Audio
stringlengths
109
111
Transcript
stringlengths
131
10.4k
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yesu Kristo, Dawid ba, Abraham ba no awoɔ ntoatoasoɔ. Abraham woo Isak, na Isak woo Yakob, na Yakob woo Yuda ne ne nuanom. Yuda ne Tamar woo Peres ne Sera, na Peres woo Hesron, na Hesron woo Ram, na Ram woo Aminadab, na Aminadab woo Nahson, na Nahson woo Salmon, na Salmon ne Rahab woo Boas, na Boas ne Rut woo Obed, na Obed woo Yisai, na Yisai woo Ɔhene Dawid. Na Dawid ne deɛ kane na ɔyɛ Uria yere no woo Salomo, na Salomo woo Rehoboam, na Rehoboam woo Abia, na Abia woo Asa, na Asa woo Yehosafat, na Yehosafat woo Yoram, na Yoram woo Usia, na Usia woo Yotam, na Yotam woo Ahas, na Ahas woo Hesekia, na Hesekia woo Manase, na Manase woo Amon, na Amon woo Yosia, na Yosia woo Yekonia ne ne nuanom, ɛberɛ a wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babel no mu. Na wɔtwaa wɔn asu kɔtenaa Babel no akyiri no, Yekonia woo Sealtiel, na Sealtiel woo Serubabel, na Serubabel woo Abihud, na Abihud woo Eliakim, na Eliakim woo Asor, na Asor woo Sadok, na Sadok woo Akim, na Akim woo Elihud, na Elihud woo Eleasa, na Eleasa woo Matan, na Matan woo Yakob, na Yakob woo Yosef a na ɔyɛ Maria a ɔwoo Yesu a wɔfrɛ no Kristo no ne kunu. Na awoɔ ntoatoasoɔ a ɛfiri Abraham so de bɛsi Dawid so nyinaa yɛ dunan, na ɛfiri Dawid so de bɛsi sɛ wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babel no yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunan, na ɛfiri sɛ wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babel no bɛsi Kristo soɔ no nso yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunan. Na sɛdeɛ Yesu Kristo awoɔ teɛ nie: Wɔde ne na Maria maa Yosef sɛ asiwayere, na wɔnnya nhyiaa mu no, wɔhunuu sɛ ɔnyem deɛ ɛfiri Honhom Kronkron mu. Na ne kunu Yosef yɛ onipa tenenee, na ɔmpɛ sɛ ɔgu n’anim ase dwam nti, ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛgyaa no kokoam. Na ɔredwennwene yeinom ho no, hwɛ, Awurade bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ daeɛ mu sɛ: Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria aba wo nkyɛn; na deɛ ɔnyem no firi Honhom Kronkron mu. Na ɔbɛwo ɔbabanin, na woato ne din Yesu, ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛgye ne man afiri wɔn bɔne mu. Na yei nyinaa yɛɛ hɔ, na deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ: Hwɛ, ababaawa no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabanin, na wɔato ne din Imanuel, (a asekyerɛ ne sɛ: Onyankopɔn ne yɛn na ɛwɔ hɔ.) Na Yosef firii nna mu nyaneeɛ no, ɔyɛɛ sɛdeɛ Awurade bɔfoɔ no hyɛɛ no no, na ɔkɔfaa ne yere no baa ne nkyɛn. Na Yosef ne no anhyia mu de kɔsii da a ɔwoo ɔbabanin; na ɔtoo ne din Yesu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea, Ɔhene Herode berɛ so no, hwɛ anyansafoɔ bi firi Apueeɛ baa Yerusalem bisaa sɛ: Ɛhe na Yudafoɔ hene a wɔawo no no wɔ? Na yɛahunu ne nsoromma wɔ Apueeɛ, na yɛreba abɛkoto no. Na Ɔhene Herode teeɛ no, ɔne Yerusalemfoɔ nyinaa akoma tui; na ɔhyiaa ɔman no mu asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ nyinaa bisaa wɔn faako a wɔbɛwo Kristo no. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Betlehem a ɛwɔ Yudea; na saa ara na odiyifoɔ no atwerɛ sɛ: Na wo Betlehem, Yuda asase, wonyɛ Yuda asafohene mu akumaa, ɛfiri sɛ wo mu na ɔsafohene a ɔbɛhwɛ me man Israel so no bɛfiri aba. Ɛnna Herode frɛɛ anyansafoɔ no kokoam, bisaa wɔn berɛ ko a nsoromma no firiiɛ no yie. Afei ɔsomaa wɔn Betlehem sɛ: Monkɔ nkɔhwehwɛ abɔfra no yie; na sɛ monya hu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔ nkɔkoto no bi. Na wɔtiee ɔhene asɛm no wieeɛ no, wɔsii mu kɔe; na hwɛ, nsoromma a wɔhunuu no Apueeɛ no dii wɔn anim ara de kɔsii sɛ ɛkɔgyinaa faako a abɔfra no wɔ no atifi. Na wɔhunuu nsoromma no no, wɔn ani gyee kɛseɛ pa ara. Na wɔkɔɔ dan no mu no, wɔhunuu abɔfra no ne ne na Maria, na wɔkoto sɔree no; na wɔbuee wɔn fotoɔ mu yɛɛ no ayɛ, sika kɔkɔɔ ne ohwamfufuo ne korɔbɔ. Na wɔyi kyerɛɛ wɔn daeɛ mu sɛ wɔnnsane nnkɔ Herode hɔ bio no, wɔfaa ɔkwan foforɔ bi so sane kɔɔ wɔn kurom. Na wɔfiri hɔ kɔeɛ no, hwɛ, Awurade bɔfoɔ bi yii ne ho kyerɛɛ Yosef wɔ daeɛ mu sɛ: Sɔre fa abɔfra no ne ne na, na dwane kɔ Misraim, na kɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛka makyerɛ woɔ; na Herode rebɛhwehwɛ abɔfra no aku no. Na ɔsɔre faa abɔfra no ne ne na anadwo, na ɔfirii hɔ kɔɔ Misraim, na ɔwɔ hɔ ara kɔsii sɛ Herode wuiɛ; na deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ: Mafrɛ me ba afiri Misraim. Na Herode hunuu sɛ anyansafoɔ no agoro ne ho no, ne bo fuu pii; na ɔsoma maa wɔkɔkunkumm mmɔfra a wɔwɔ Betlehem ne n’ahyeɛ so a wɔadi mfeɛ mmienu ne wɔn a wɔnnya nniiɛ nyinaa, sɛdeɛ berɛ no a ɔbisabisaa anyansafoɔ no kyerɛ. Ɛnna deɛ Odiyifoɔ Yeremia kaeɛ no baa mu sɛ: Wɔtee nne bi Rama, esu ne awerɛhoɔ kɛseɛ; Rahel resu ne mma, na ɔmpɛ sɛ wɔkyekyere ne werɛ, ɛfiri sɛ wɔnni hɔ. Na Herode wuiɛ no, hwɛ, Awurade bɔfoɔ yii ne ho kyerɛɛ Yosef daeɛ mu wɔ Misraim sɛ: Sɔre fa abɔfra no ne ne na, na kɔ Israel asase so; na wɔn a na wɔhwehwɛ abɔfra no akum no no awu. Na ɔsɔre faa abɔfra no ne ne na, na ɔbaa Israel asase so. Na ɔtee sɛ Arkelao di Yudea hene n’agya Herode ananmu no, ɔsuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ; na wɔyi kyerɛɛ no daeɛ mu no, ɔmane faa Galilea fam. Na ɔba bɛtenaa kuro bi a wɔfrɛ no Nasaret mu, na deɛ odiyifoɔ no kaeɛ no aba mu sɛ: Wɔbɛfrɛ no Nasareni.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na nna no mu no, Yohane a ɔyɛ osuboni no ba bɛkaa asɛm wɔ Yudea serɛ so sɛ: Monsakyera mo adwene; na ɔsoro ahennie no abɛn. Na oyi ne deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaa ne ho asɛm sɛ: Obi nne reteam wɔ ɛserɛ so sɛ: Monsiesie Awurade kwan! Momma n’atempɔn ntene! Nso na Yohane yi fira ntoma a wɔde yoma nwi na ayɛ, na nwoma abɔsoɔ bɔ n’asene, na n’aduane ne ntutummɛ ne wiram woɔ. Ɛnna Yerusalemfoɔ ne Yudeafoɔ nyinaa ne Yordan ho asase nyinaa sofoɔ firi kɔɔ ne nkyɛn; na wɔkaa wɔn bɔne maa no bɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu. Na Yohane hunuu Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no mu bebree sɛ wɔreba asubɔ no ho no, ɔsee wɔn sɛ: Nhuritia mma! Hwan na ɔkyerɛɛ mo sɛ monnwane mfiri abufuo a ɛreba no ho? Ɛnneɛ monso aba a ɛkyerɛ adwensakyera. Na monnsusu nnka no mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mereka makyerɛ mo sɛ: Onyankopɔn bɛtumi anyane mma afiri aboɔ yi mu ama Abraham. Nanso wɔde akuma no ato nnua no nhini ho dada; enti dua biara a ɛnso aba pa no, wɔbɛtwa ato ogya mu. Me deɛ, mebɔ mo asu wɔ nsuo mu kɔ adwensakyera mu, na deɛ ɔdi m’akyi reba no deɛ, ɔkorɔn kyɛn me; na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mekura. Ɔno na ɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron ne ogya mu. Ɔno na ne nhusoɔ apaawa kuta ne nsam, na ɔbɛpra aporoeɛ hɔ fitaa. Ɔbɛboaboa n’ayuo ano akɔgu san so, na ntɛtɛ no deɛ, ɔde ogya a ɛnnum da bɛhye. Ɛnna Yesu firi Galilea baa Yordan ho, Yohane nkyɛn sɛ ɔmmɔ no asu. Na ɔno deɛ, ɔsii no kwan sɛ: Me mmom a ɛhia me sɛ wobɔ me asu no na woreba me nkyɛn yi? Na Yesu bua see no sɛ: Seesei deɛ, ma ho kwan; na ɛnam yei so na yɛhyɛ tenenee nyinaa ma. Ɛnna ɔmaa no kwan. Na wɔbɔɔ Yesu asu wieeɛ no, ɔfirii nsuo no mu, hwɛ, ntɛm ara na ɔsoro bue maa no, na ɔhunuu Nyankopɔn Honhom sɛ ɛresiane sɛ aburuburo ba ne soɔ. Na hwɛ, ɛnne bi firi soro kaa sɛ: Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ m’ani.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna Honhom no de Yesu kɔɔ serɛ so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ. Na ɔdii mmuada adaduanan awia ne anadwo no, akyire yi no, ɛkɔm dee no. Na ɔsɔhwɛfoɔ no baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Sɛ wone Nyankopɔn Ba no a, kasa na aboɔ yi nnane paanoo. Na ɔbuaa sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Ɛnyɛ paanoo nko na onipa nam so bɛtena aseɛ, na mmom asɛm biara a ɛfiri Nyankopɔn anomu ba no so. Ɛnna ɔbonsam de no kɔɔ kuro kronkron no mu, na ɔde no kɔgyinaa asɔrefie no atifi, na ɔsee no sɛ: Sɛ wone Nyankopɔn ba no a, to wo ho twene fam; na wɔatwerɛ sɛ: Wo nti, ɔbɛhyɛ n’abɔfoɔ, na wɔabɛsoa wo wɔn nsam, na woamfa wo nan ampem boɔ. Yesu see no sɛ: Wɔatwerɛ bio sɛ: Nsɔ Awurade, wo Nyankopɔn, nhwɛ! Na ɔbonsam faa no bio kɔɔ bepɔ tenteenten bi so, na ɔkyerɛɛ no wiase ahennie nyinaa ne emu animuonyam, na ɔsee no sɛ: Sɛ wobɛkoto asɔre me a, anka mede yeinom nyinaa bɛma wo. Ɛnna Yesu see no sɛ: Firi hɔ, Satan! na wɔatwerɛ sɛ: Koto sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no. Ɛnna ɔbonsam gyaa no hɔ, na hwɛ, abɔfoɔ ba bɛsomm no. Na Yesu tee sɛ wɔakyere Yohane no, ɔsii mu kɔɔ Galilea. Na ɔfirii Nasaret kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ mpoano, Sebulon ne Naftali ahyeɛ so, na deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no aba mu sɛ: Sebulon asase ne Naftali asase, ɛpo kwan so, Yordan agya, amanaman Galilea, ɔman a wɔte sum mu no hunuu hann kɛseɛ bi na wɔn a wɔte owuo asase soɔ ne ne sunsum mu no, hann bi apue ama wɔn. Ɛfiri saa berɛ no, Yesu firii aseɛ kaa asɛm sɛ: Monsakyera mo adwene; na ɔsoro ahennie no abɛn. Na Yesu nenam Galilea po ho no, ɔhunuu anuanom baanu, Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea, sɛ wɔregu asau ɛpo no mu; na wɔyɛ apofofoɔ. Na ɔsee wɔn sɛ: Mommɛdi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifoɔ. Na ntɛm ara wɔgyaa wɔn asau no hɔ, bɛdii n’akyi. Na ɔfiri hɔ kɔɔ n’anim no, ɔhunuu anuanom baanu bio, Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane, sɛ wɔne wɔn agya Sebedeo te kodoɔ mu repempam wɔn asau; na ɔfrɛɛ wɔn. Na ntɛm ara wɔgyaa kodoɔ no ne wɔn agya hɔ bɛdii n’akyi. Na Yesu kyinii Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahennie no ho asɛmpa no, na ɔsaa yadeɛ ne ahoɔmmerɛ biara ɔman no mu. Na ne ho asɛm trɛ kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyareɛ nyinaa, a nyarewa ne ɔhaw ahodoɔ akuta wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn soɔ, wɔn a wɔyare ɛtwirɛ ne wɔn a wɔyare mmubuo brɛɛ no na ɔsaa wɔn yadeɛ. Na nkurɔfoɔ akuakuo pii a wɔfiri Galilea ne Dekapoli ne Yerusalem ne Yuda ne Yordan agya dii n’akyi.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔhunuu nkurɔfoɔ akuakuo no, ɔkɔɔ bepɔ no so; na ɔtenaa aseɛ no, n’asuafoɔ baa ne nkyɛn. Na ɔbuee n’ano kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ: Nhyira ne honhom mu ahiafoɔ, na wɔn na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea. Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ, na wɔn na wɔbɛkyekyere wɔn werɛ. Nhyira ne wɔn a wɔdwoɔ, na wɔn na wɔbɛnya asase no adi so. Nhyira ne wɔn a tenenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, na wɔn na wɔbɛma wɔameeɛ. Nhyira ne mmɔborɔhunufoɔ, na wɔn na wɔbɛhu wɔn mmɔbɔ. Nhyira ne wɔn a wɔn akoma mu teɛ, na wɔn na wɔbɛhunu Onyankopɔn. Nhyira ne apatafoɔ, na wɔn na wɔbɛfrɛ wɔn Nyankopɔn mma. Nhyira ne wɔn a tenenee nti wɔtaa wɔn, na wɔn na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea. Nhyira ne mo sɛ wɔya mo, na wɔtaa mo, na me din nti wɔdi atorɔ ka asɛmmɔne nyinaa bi to mo soɔ. Momma mo ani nnye, na mo ho nsɛpɛ mo, na mo akatua so wɔ soro; na saa ara na wɔtaa adiyifoɔ a wɔdii kan no. Mone asase so nkyene. Na sɛ nkyene dɛ yera a, ɛdeɛn na wɔde bɛhyɛ no nkyene? Ɛnyɛ mma hwee bio, gye sɛ wɔhwie gu, na nnipa tiatia so. Mone wiase hann. Kuro a ɛda bepɔ soɔ ntumi nhunta. Na wɔnsɔ kanea mfa nhyɛ kodoɔ ase, na mmom wɔde si kaneadua so, na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ ɛdan no mu nyinaa. Ne saa nti, momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahunu mo nneyɛɛ pa, na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no animuonyam. Monnsusu sɛ mebaa sɛ merebɛsɛe mmara anaa adiyifoɔ no; mamma ammɛsɛe, na mmom mebɛhyɛɛ mu ma. Na nokorɛ mese mo sɛ, ɔsoro ne asase nnya ntwaa mu yi, atwerɛdeɛ ketewa baako anaa nsensaneeɛ baako mpo remfiri mmara no mu ntwa mu, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa. Enti obiara a ɔbɛto mmara mu nsɛm nketewa yi mu baako, na ɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa saa no, wɔbɛfrɛ no ketewa wɔ ɔsoro ahennie mu; na obiara a ɔbɛdi soɔ, na ɔbɛkyerɛkyerɛ no, ɔno na wɔbɛfrɛ no kɛseɛ ɔsoro ahennie mu. Na mese mo sɛ, sɛ mo tenenee ammoro Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no deɛ so a, morennya ɔsoro ahennie mu nhyɛne. Moate sɛ wɔsee tetefoɔ no sɛ: Nni awu; na obiara a ɔbɛdi awuo no bɛdi atemmuo mu fɔ. Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ne bo fu ne nua no bɛdi atemmuo mu fɔ; na obiara a ɔbɛse ne nua sɛ: Raka no bɛdi fɔ mpanimfoɔ atitire no asɛnniiɛ. Na obiara a ɔbɛka sɛ: Ɔkwasea! no bɛdi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom. Enti sɛ wode w’ayɛyɛdeɛ ba afɔrebukyia ho, na ɛhɔ wokae sɛ wo nua wɔ asɛm tia wo a, gya w’ayɛyɛdeɛ no afɔrebukyia no anim hɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbom kane, ansa na woaba abɛma w’ayɛyɛdeɛ no. Wo ne wo nkurobɔni wɔ kwan soɔ no, wo ne no mmom ntɛm; na da bi wo nkurobɔni no anyi wo anhyɛ ɔtemmufoɔ nsa, na ɔtemmufoɔ no anyi wo anhyɛ ɔsomfoɔ nsa, na wɔamfa wo ankɔto afiase. Nokorɛ mese wo sɛ, woremfiri hɔ gye sɛ woatua kaprɛ a ɛbɛka akyire no ansa. Moate sɛ wɔkaa sɛ: Nsɛe awadeɛ! Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no n’akomam dada. Na sɛ w’ani nifa to wo suntidua a, tu, na to firi wo ho twene! Na ɛyɛ ma wo sɛ, wo ho akwaa mu baako bɛsɛeɛ, na wɔamfa wo nipadua nyinaa ankɔto amanehunu kurom. Na sɛ wo nsa nifa to wo suntidua a, twa, na to firi wo ho twene; na ɛyɛ ma wo sɛ wo ho akwaa mu baako bɛsɛeɛ, na wɔamfa wo nipadua nyinaa ankɔto amanehunu kurom. Wɔkaa nso sɛ: Obiara a ɔbɛgyae ne yere no mma no awaregyaeɛ krataa. Na me deɛ, mese mo sɛ: Sɛ ɛnyɛ adwamammɔ nti na obi gyaa ne yere a, na wama ɔbaa no asɛe awadeɛ; na obiara a ɔbɛware deɛ wɔagyaa no no nso asɛe awadeɛ. Bio, moate sɛ wɔsee tetefoɔ no sɛ: Nka ntanhunu, na fa wo ntankadeɛ ma Awurade. Na me deɛ, mese mo sɛ: Monnka ntam koraa! Monnka ɔsoro, ɛfiri sɛ ɛyɛ Nyankopɔn ahennwa. Monnka asase, ɛfiri sɛ ɛyɛ ne nan ntiasoɔ. Monnka Yerusalem, ɛfiri sɛ ɛyɛ ɔhenkɛseɛ kuro. Nanso nka wo tiri ntam, ɛfiri sɛ worentumi nyɛ nwi baako fufuo anaa tuntum. Na momma mo aane nyɛ aane, na dabi nyɛ dabi! Na deɛ ɛboro yei soɔ no firi bɔne mu. Moate sɛ wɔkaa sɛ: Ani nsi ani ananmu, na ɛse nsi ɛse ananmu. Na me deɛ, mese mo sɛ, mo ne ɔbɔnefoɔ no nnni asie, na deɛ ɔbɛpae w’aso nifa mu no, dane baako no nso ma no. Na deɛ ɔpɛ sɛ ɔne wo di asɛm na ɔgye w’atadeɛ nhyɛaseɛ no, ma no mfa w’atadeɛ nkatasoɔ no nso. Na obiara a ɔbɛhyɛ wo sɛ wone no nnante kwansini baako no, ɛne no nkɔ mmienu. Deɛ ɔsrɛ woɔ no, ma no; na deɛ ɔpɛ sɛ ɔfɛm wo hɔ adeɛ no, nnane wo ho mfiri ne ho. Moate sɛ wɔkaa sɛ: Dɔ wo yɔnko na tane wo tamfo. Na me deɛ, mese mo sɛ monnɔ mo atamfoɔ, na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtaa mo no; na moayɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma; ɛfiri sɛ ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔtɔ nsuo gu wɔn a wɔtene ne wɔn a wɔntene so. Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, akatua bɛn na monya? Togyefoɔ nso nyɛ saa anaa? Na sɛ mokyea mo nuanom nko ara a, ɛdeɛn na na moayɛ aboro soɔ? Togyefoɔ nso nyɛ saa anaa? Enti monyɛ pɛ, sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ soro yɛ pɛ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Monhwɛ yie na moanyɛ mo tenenee nnipa anim sɛ wɔbɛhu mo; anyɛ saa a, monni akatua wɔ mo Agya a ɔwɔ soro no nkyɛn. Enti woreyɛ adɔeɛ a, nhyɛn totorobɛnto nni w’anim, sɛdeɛ nyaatwomfoɔ no yɛ no hyia adan mu ne aborɔno soɔ, sɛdeɛ wɔbɛnya nnipa anim animuonyam. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada. Na wo deɛ, woreyɛ adɔeɛ a, mma wo benkum nnhunu deɛ wo nifa reyɛ no; na w’adɔeɛ aka kokoam, na w’agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka. Na sɛ morebɔ mpaeɛ a, monnyɛ sɛ nyaatwomfoɔ no; na wɔpɛ sɛ wɔgyina hyia adan mu, ne mmɔntene ntweaso bɔ mpaeɛ, na nnipa ahu wɔn. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada. Na wo deɛ, worebɔ mpaeɛ a, hyɛne wo pia mu, na to wo pono mu na bɔ w’agya a ɔwɔ kokoam no mpaeɛ, na w’agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka. Na sɛ morebɔ mpaeɛ a, monnkasakasa pii kwa sɛ abosonsomfoɔ; na wɔsusu sɛ wɔn kasa tentene nti wɔbɛtie wɔn! Enti monnyɛ sɛ wɔn; na mo Agya nim nnoɔma a ɛhia mo ansa na moabisa no. Enti mommɔ mpaeɛ sɛ: Yɛn Agya a wowɔ soro, Wo din ho nte, W’ahennie mmra, Deɛ wopɛ nyɛ wɔ Asase so, sɛdeɛ ɛyɛ wɔ ɔsoro. Ma yɛn yɛn daa aduane nnɛ, Na fa yɛn aka kyɛ yɛn, sɛdeɛ yɛde kyɛ wɔn a wɔde yɛn aka. Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, Na yi yɛn firi bɔne mu. [Na wo na ahennie ne ahoɔden ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen.] Na sɛ mode nnipa mfomsoɔ kyɛ wɔn a, mo soro Agya de mo deɛ bɛkyɛ mo nso. Na sɛ moamfa nnipa mfomsoɔ ankyɛ wɔn a, mo Agya no nso remfa mo mfomsoɔ nkyɛ mo. Na sɛ moredi mmuada a, monnyɛ mo anim bosaa sɛ nyaatwomfoɔ no, na wɔnyinyane wɔn anim sɛdeɛ nnipa bɛhunu sɛ wɔredi mmuada. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada. Na wo deɛ, woredi abuada a, sra wo tirim, na hohoro w’anim, na nnipa anhunu sɛ woredi abuada, na mmom w’agya a ɔwɔ kokoam no; na w’agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka. Monnhyehyɛ agyapadeɛ asase so, faako a nweweboaa ne nnaakyen sɛe no, na awifoɔ bubu kɔwia. Na mmom monhyehyɛ agyapadeɛ ɔsoro, faako a nweweboaa ne nnaakyen nsɛe no, na awifoɔ mmubu nkɔwia; na faako a w’agyapadeɛ wɔ no, ɛhɔ na w’akoma nso wɔ. Nipadua kanea ne ani. Enti sɛ w’ani yɛ a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ hann. Na sɛ w’ani nyɛ a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ kusuu. Na sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, esum no mu bɛyɛ duru yie. Obiara ntumi nsom awuranom baanu. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛtane baako na wadɔ baako, anaasɛ ɔde ne ho bɛbata baako no, na wabu baako animtia. Morentumi nsom Onyankopɔn ne mamon. Yei nti mese mo sɛ: Monnnwennwene mo kra ho sɛ ɛdeɛn na mobɛdie, anaasɛ ɛdeɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ ɛdeɛn na mobɛfira. Ɔkra nsene aduane, na nipadua nsene ntoma anaa? Monhwɛ wiem nnomaa sɛ wɔngu na wɔntwa na wɔmmoaboa ano ngu asan soɔ, nanso mo soro Agya yɛne wɔn; na monsom boɔ nsene wɔn anaa? Mo mu hwan na ɔdwennwene a, ɔbɛtumi de da koro ato ne nkwa nna soɔ? Na adɛn na modwendwene ntoma ho? Monhwɛ wiram sukooko, sɛdeɛ ɛnyini; ɛnyɛ adwuma, nso ɛnto asaawa, nanso mese mo sɛ, Salomo animuonyam nyinaa mu no wanhyehyɛ ne ho sɛ yeinom mu baako. Na sɛ Onyankopɔn fira wiram ahahan a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu fononoo mu no ntoma saa a, ɔrenyɛ deɛ ɛkyɛne yei mma mo, mo a mo gyidie sua? Enti monnnwennwene sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛdie, anaasɛ ɛdeɛn na yɛbɛnom, anaasɛ ɛdeɛn na yɛbɛfira? Na yeinom nyinaa akyi na wiase amanaman no die. Na mo soro Agya nim sɛ yei nyinaa hia mo. Na monhwehwɛ Nyankopɔn ahennie ne ne tenenee kane; na wɔde yeinom nyinaa bɛka mo ho. Enti monnnwennwene ɔkyena ho; na ɔkyena no ara bɛdwendwene ne ho. Da biara mu bɔne dɔɔso ma ɛda no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mommmu atɛn, na wɔammu mo atɛn. Na atɛn ko a mobuo no, wɔde bɛbu mo; na ade korɔ a mode susuo no, wɔde bɛsusu ama mo. Na adɛn na wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua ani soɔ, na wo ara w’ani so mpuna deɛ, wonhunu? Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na wobɛka akyerɛ wo nua sɛ: Ma menyi duaa no mfiri w’ani so, wɔ berɛ ko a mpuna wɔ w’ani soɔ? Nyaatwomni! Yi mpuna no firi w’ani so kane, ɛno ansa na wobɛhunu adeɛ yie, ayi duaa no afiri wo nua ani soɔ. Mommfa deɛ ɛyɛ kronkron mmma nkraman, na monnto mo nhwene pa nngu mprako anim, na wɔamfa wɔn nan antiatia so, na wɔansane ammɛsunsuane mo. Mommisa, na wɔbɛma mo, monhwehwɛ, na mobɛhunu, mommom, na wɔbɛhini mo. Na obiara a ɔbisa no, ɔnya, na deɛ ɔhwehwɛ no, ɔhunu, na deɛ ɔbɔ mu no, wɔhini no. Anaasɛ mo mu nipa bɛn na ɔwɔ hɔ, na sɛ ne ba bisa no paanoo a, ɔbɛma no ɛboɔ? Anaasɛ ɔbisa no apataa a, ɔbɛma no ɔwɔ? Na sɛ mo a moyɛ abɔnefoɔ nim sɛdeɛ momma mo mma nnepa a, mprɛ ahe na mo Agya a ɔwɔ soro no remfa nnepa mma wɔn a wɔbisa no? Enti adeɛ biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara; na yei ne mmara ne adiyifoɔ no. Monhyɛne ɔpono teateaa no mu; na ɔpono a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛ no ne deɛ ɛkɔ ɔsɛeɛ mu no, na wɔn a wɔhyɛne mu no dɔɔso. Na ɔpono teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne deɛ ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wɔhunu no sua. Monhwɛ mo ho yie adiyifoɔ atorofoɔ ho, na wɔnam nnwanten nwoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu deɛ, wɔyɛ mpataku adufudepɛfoɔ. Wɔn aba na mode bɛhu wɔn. Wɔtete bobe wɔ nkasɛɛ so, anaasɛ wɔtete borɔdɔma wɔ hwerɛmo so? Saa ara na dua pa biara so aba pa, na dua bɔne so aba bɔne. Dua pa ntumi nso aba bɔne, na dua bɔne nso ntumi nso aba pa. Dua biara a ɛnso aba pa no, wɔtwa, na wɔde gu gya mu. Enti wɔn aba na mode bɛhu wɔn. Ɛnyɛ obiara a ɔse me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahennie mu, na mmom gye deɛ ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛdeɛ no. Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ tumideɛ pii anaa? Ɛno na mɛpaem maka makyerɛ wɔn sɛ: Mennim mo da, momfiri me so nkɔ, mo a moyɛ deɛ ɛntene! Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, mede no bɛto ɔbadwemma a ɔtoo n’aban wɔ botan soɔ no ho. Na osu kɛseɛ tɔe, na nsuo yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na anhwe ase; ɛfiri sɛ wɔtoo ne fapem ɔbotan so. Na obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔnyɛ no, wɔde no bɛto ɔba kwasea a ɔtoo n’aban anwea soɔ no ho. Na osu kɛseɛ tɔe, na nsuo yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na ɛbui, na ɛbubuu pasapasa. Na ɛbaa sɛ Yesu wiee nsɛm yi ka no, ne nkyerɛkyerɛ no maa nkurɔfoɔ akuakuo no ho dwirii wɔn, ɛfiri sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ deɛ ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ wɔn Atwerɛfoɔ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛberɛ a ɔfiri bepɔ no so sianeeɛ no, nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi. Na hwɛ, ɔkwatani bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi. Na ɔtenee ne nsa kaa no kaa sɛ: Mepɛ, wo ho mfi! Na ntɛm ara na ne kwata no kɔeɛ. Na Yesu see no sɛ: Hwɛ, nka nkyerɛ obiara, kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na kɔma ayɛyɛdeɛ a Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ adanseɛ mma wɔn. Na Yesu kɔhyɛnee Kapernaum no, asraafoɔ ɔha so panin bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no sɛ: Owura, m’akoa da fie yare mmubuo, na ɔrehunu ayayadeɛ dodo. Na ɔsee no sɛ: Mɛba mabɛsa no yadeɛ. Na asraafoɔ ɔha so panin no buaa sɛ: Owura, mensɛ sɛ wobɛhyɛne me suhyɛ aseɛ, na ka asɛm nko, na m’akoa no ho bɛyɛ no den. Na me nso meyɛ onipa a mehyɛ tumi aseɛ, na mewɔ asraafoɔ hyɛ m’ase, na mese oyi sɛ: Kɔ! a, ɔkɔ, na mese ɔfoforɔ bi sɛ: Bra! a, ɔba, na mese m’akoa sɛ: Yɛ yei! a, ɔyɛ. Na Yesu teeɛ no, ɛyɛɛ no nwanwa, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔdi n’akyire no sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, Israel mu mpo menhunuu gyidie kɛseɛ a ɛte sɛɛ pɛn. Na mese mo sɛ, nnipa pii bɛfiri apueeɛ ne atɔeɛ aba, na wɔne Abraham ne Isak ne Yakob abɛtena adidiiɛ ɔsoro ahennie mu; na ahennie mma no deɛ, wɔbɛto wɔn akɔgu akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwerɛ wɔ. Na Yesu see asraafoɔ ɔha so panin no sɛ: Kɔ, na sɛdeɛ woagye adie no, ɛnyɛ hɔ mma wo! Na ɛdɔn no ara mu, n’abɔfra no ho sanee no. Na Yesu baa Petro fie no, ɔbɛhunuu n’asebaa sɛ ɔda hɔ yare yarefufuo. Na ɔsɔɔ ne nsa, na yarefufuo no gyaa no, na ɔsɔre somm no. Na ɛduruu anwummerɛ no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne bebree brɛɛ no; na ɔde n’asɛm tuu ahonhommɔne no, na ɔsaa wɔn a wɔyare nyinaa yadeɛ. Na deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no aba mu sɛ: Ɔno na ɔfaa yɛn ahoɔmmerɛ, na ɔsoaa yɛn nyarewa. Na Yesu hunuu nkurɔfoɔ akuakuo pii wɔ ne ho no, ɔhyɛɛ sɛ wɔbɛkɔ asuogya nohoa. Na Ɔtwerɛfoɔ bi ba bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, baabiara a wobɛkorɔ no, mɛdi w’akyi. Na Yesu see no sɛ: Nsakraman wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mpirebuo, nanso onipa ba no deɛ, ɔnni faako a ɔde ne tiri toɔ. Na asuafoɔ no mu ɔfoforɔ bi see no sɛ: Awurade, ma me kwan na menkɔsie m’agya ansa. Na Yesu see no sɛ: Di m’akyi, na ma awufoɔ nsie wɔn awufoɔ! Na ɔtenaa kodoɔ mu no, n’asuafoɔ no dii n’akyi. Na hwɛ, ahum kɛseɛ bi tuu ɛpo no so, na ɛmaa asorɔkyeɛ bu bɛkataa kodoɔ no so; na ɔno deɛ, na wada. Na wɔbaa ne nkyɛn bɛnyanee no sɛ: Awurade, gye yɛn, na yɛreyera! Na ɔsee wɔn sɛ: Mo a mo gyidie sua, adɛn na ehu aka mo sɛɛ? Ɛnna ɔsɔre teateaa mframa ne ɛpo no, na ɛtaa dinn. Na ɛyɛɛ nnipa no nwanwa, na wɔkaa sɛ: Onipa bɛn koraa ni na mframa ne ɛpo mpo tie no yi? Na ɔduruu asuogya nohoa, Gadarenefoɔ asase soɔ no, nnipa baanu bi a honhommɔne wɔ wɔn soɔ firi aboda mu bɛhyiaa no; wɔyɛ awerɛmfoɔ sɛ, enti obiara ntumi ntwam ɔkwan no so. Na hwɛ, wɔteateaa mu sɛ: Ɛdeɛn na yɛne wo wɔ yɛ, Nyankopɔn ba? Wobaa ha sɛ worebɛteetee yɛn ansa na ɛberɛ no aduru anaa? Na mprakokuo bebree bi redidi akyirikyiri. Na ahonhommɔne no srɛɛ no sɛ: Sɛ wotu yɛn a, ma yɛn kwan na yɛnkɔ mprakokuo yi mu. Na ɔsee wɔn sɛ: Monkɔ! Na wɔfirii adi kɔɔ mprako no mu, na hwɛ, mprakokuo no nyinaa bɔɔ kirididi sianee ɔbotan kuronkuron no kɔguu po no mu wuwuu nsuo no mu. Na wɔn a wɔhwɛ wɔn soɔ no dwanedwanee, na wɔkɔɔ kuro no mu kɔkaa ne nyinaa ne wɔn a na ahonhommɔne wɔ wɔn soɔ no ho asɛm no. Na hwɛ, kurom hɔfoɔ no nyinaa firii adi sɛ wɔrebɛhyia Yesu; na wɔhunuu no no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfiri wɔn ahyeɛ so hɔ nkɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔtenaa kodoɔ mu twa baa ɔno ara ne kurom. Na hwɛ, wɔde onipa bi a ɔyare mmubuo a ɔda kɛtɛ so brɛɛ no. Na Yesu hunuu wɔn gyidie no, ɔka kyerɛɛ obubuani no sɛ: Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne akyɛ wo. Na hwɛ, Atwerɛfoɔ no mu binom kaa wɔn mu sɛ: Onipa yi ka abususɛm. Na Yesu hunuu wɔn adwene no, ɔkaa sɛ: Adɛn nti na modwene bɔne mo akoma mu? Na deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ, sɛ wɔbɛka sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo, anaasɛ wɔbɛka sɛ: Sɔre, na nante? Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mobɛhunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi wɔ asase soɔ, sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, ɔka kyerɛɛ obubuani no sɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na kɔ wo fie! Na ɔsɔre sii mu kɔɔ ne fie. Na nkurɔfoɔ akuakuo no hunuiɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn a ɔde saa tumi no ama nnipa no animuonyam. Na Yesu firi hɔ retwam no, ɔhunuu onipa bi a ɔte atogyeeɛ a wɔfrɛ no Mateo; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Di m’akyi. Na ɔsɔre dii n’akyi. Na ɛbaa sɛ ɔte adidiiɛ wɔ fie no, hwɛ, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ pii ba bɛnee Yesu ne n’asuafoɔ no tenaa adidiiɛ. Na Farisifoɔ no hunuiɛ no, wɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Adɛn nti na mo kyerɛkyerɛfoɔ ne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ didie yi? Na ɔteeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔn a wɔn ho yɛ den no, ɛnhia wɔn ɔyaresafoɔ na mmom wɔn a wɔyareɛ no. Na monkɔ nkɔsua yei ase: Mepɛ mmɔborɔhunu na ɛnyɛ afɔrebɔ. Mammɛfrɛ ateneneefoɔ, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ. Ɛnna Yohane asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Adɛn nti na yɛne Farisifoɔ di mmuada, na w’asuafoɔ deɛ, wɔnni mmuada yi? Na Yesu buaa wɔn sɛ: Ayeforɔkunu ne ayeforɔ asefoɔ no wɔ hɔ yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ aho? Na nna bi bɛba a wɔbɛyi ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn, na ɛno ansa na wɔbɛdi mmuada. Obi mfa ntoma foforɔ sini ntɛ atadeɛ dada mu; ɛfiri sɛ ntɛmu no yi firi atadeɛ no mu a, nteteeɛ no yɛ kɛseɛ. Nanso wɔmfa nsa foforɔ ngu aboa nwoma nkotokuo dada mu; anyɛ saa a, nkotokuo no bɛpaepae, na nsa no ahwie agu, na nkotokuo no asɛe. Na wɔde nsa foforɔ gu nkotokuo foforɔ mu, na ne mmienu nyinaa ayɛ yie. Ɔreka yeinom akyerɛ wɔn no, hwɛ, ɔpanin baako bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Seesei ara me babaa awu, na bra, na fa wo nsa bɛto ne so, na ɔbɛnya nkwa. Na Yesu sɔre ne n’asuafoɔ no dii n’akyi. Na hwɛ, ɔbaa bi a mogya atu no mfirinhyia dummienu faa n’akyi de ne nsa bɛkaa n’atadeɛ ano nnwo. Na ɔkaa no ne tirim sɛ: Sɛ mede me nsa meka n’atadeɛ nko ara a, me ho bɛyɛ me den. Na Yesu danee ne ho na ɔhunuu no no, ɔkaa sɛ: Ɔbabaa, ma wo bo ntɔ wo yam, wo gyidie agye wo. Na ɛfiri dɔn no ara mu no na ɔbaa no ho yɛɛ no den. Na Yesu duruu ɔpanin no fie na ɔhunuu atɛntɛbɛnhyɛnfoɔ ne nkurɔfokuo a wɔreyɛ gyegyeegye no, ɔkaa sɛ: Momma kwan, na ababaa no nwui, na wada. Na wɔseree no. Na ɔpamm nkurɔfokuo no firii adie no, ɔkɔɔ mu kɔsɔɔ ne nsa, na ababaa no nyanee. Na yei ho asɛm trɛɛ asase no nyinaa so. Na Yesu firi hɔ rekorɔ no, anifirafoɔ baanu dii n’akyi teateaa mu sɛ: Dawid ba, hu yɛn mmɔbɔ! Na ɔduruu fie no, anifirafoɔ no baa ne nkyɛn; na Yesu bisaa wɔn sɛ: Mogye di sɛ mɛtumi mayɛ yei? Wɔbuaa no sɛ: Aane, owura. Ɛnna ɔde ne nsa kaa wɔn ani kaa sɛ: Sɛdeɛ mo gyidie teɛ no, ɛnyɛ saa ara mma mo! Na wɔn ani buebueeɛ. Na Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ na obiara ante! Na wɔn deɛ, wɔfirii hɔ no, wɔde ne ho asɛm tenee asase no nyinaa so. Na wɔrefiri adie no, hwɛ, wɔde emum bi a honhommɔne wɔ ne soɔ brɛɛ no. Na ɔtuu honhommɔne no no, emum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no nwanwa, na wɔkaa sɛ: Wɔnhunuu saa bi da wɔ Israel. Na Farisifoɔ no deɛ, wɔkaa sɛ: Ɔnam ahonhommɔne panin so na ɔtu ahonhommɔne. Na Yesu kyinii nkuro ne nkuraa nyinaa mu kyerɛkyerɛɛ wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahennie no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa. Na ɔhunuu nkurɔfoɔ akuakuo no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ, ɛfiri sɛ na wɔabrɛ, na na wɔsam hɔ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ. Ɛnna ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfoɔ no deɛ, wɔsua. Enti monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfoɔ mmra ne twa adwuma no mu!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔfrɛɛ n’asuafoɔ dummienu no bae, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi sɛ wɔntu wɔn, na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa. Na asomafoɔ dummienu no din nie: Deɛ ɔdi kan ne Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea; Yakobo a ɔyɛ Sebedeo ba no ne ne nua Yohane, Filipo ne Bartolomeo, Toma ne togyeni Mateo no, Alfeo ba Yakobo ne Tadeo, Simon a ɔfiri Kana ne Yuda Iskariot a ɔyii no maeɛ no nso. Dummienu yi na Yesu somaa wɔn hyɛɛ wɔn sɛ: Mommmane nnkɔ amanaman kwan so, na monnhyɛne Samariafoɔ kuro biara mu, na mmom monkɔ Israel fie nnwan a wɔayera no nkyɛn! Na mokɔ a, monkɔka sɛ: Ɔsoro ahennie no abɛn. Monsa ayarefoɔ yadeɛ, monnyane awufoɔ, momma akwatafoɔ ho mfi, montu ahonhommɔne; moanya no kwa, na momfa mma kwa! Monnhwehwɛ sika anaa dwetɛ anaa kɔbere nngu mo abɔsoɔ mu, monnhwehwɛ akwantuo bɔtɔ anaa ntadeɛ mmienu anaa mpaboa anaa poma; na ɛfata odwumayɛfoɔ sɛ ɔdidieɛ. Na kuro anaa akuraa biara a mobɛhyɛne mu no, mommisa deɛ ɔfata wɔ hɔ, na ɛhɔ na montena nkɔsi sɛ mobɛfiri hɔ akorɔ. Na mohyɛne efie bi mu a, monkyea emufoɔ no. Na sɛ ɛfata efie no a, mo asomdwoeɛ mmra so; na sɛ ɛmfata no a, mo asomdwoeɛ nsane mmra mo nkyɛn. Na obiara a ɔrennye mo na ɔrentie mo nsɛm no, mofiri efie anaa kuro no mu rekɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo. Nokorɛ mese mo sɛ, atemmuo da no, ɛbɛfanyinam Sodom ne Gomora asase no asene saa kuro no. Hwɛ, meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mfimfini; enti monyɛ aniteɛ sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmuruburo. Na monhwɛ mo ho yie nnipa ho; na wɔbɛyi mo ama mpanimfoɔ adwa, na wɔaka mo mpire wɔn hyia adan mu. Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofoɔ ne ahemfo anim na adi adanseɛ akyerɛ wɔn ne amanaman. Na sɛ wɔyi mo ma a, monnnwennwene sɛdeɛ mobɛkasa anaa deɛ mobɛka, na wɔde deɛ mobɛka no bɛma mo ɛdɔn no ara mu. Na ɛnyɛ mo na mokasa, na mmom mo Agya Honhom no na ɔkasa mo mu. Na onua bɛyi onua ama owuo, na agya ayi ɔba ama, na mma asɔre atia awofoɔ, na wɔama wɔakum wɔn. Na me din nti, nnipa nyinaa bɛtane mo; na deɛ ɔbɛgyina ano akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa. Na sɛ wɔtaa mo kuro yi mu a, monnwane nkɔ foforɔ mu; na nokorɛ mese mo sɛ, morenwie Israel nkuro nyinaa mu ansa na Onipa Ba no aba. Osuani nsene ne kyerɛkyerɛfoɔ, na akoa nsene ne wura. Ɛdɔɔso ma osuani sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfoɔ ne akoa sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne wura; na sɛ wɔafrɛ efie wura no Beelsebul a, mprɛ ahe na wɔremfa mfrɛ ne fiefoɔ? Enti monnsuro wɔn; na biribiara nni hɔ a ɛso akata a ɛrenna adie, anaa ahunta a wɔrenhunu. Deɛ meka mekyerɛ mo esum mu no, monka no hann mu, na deɛ mote no mo aso mu no, mompae mu nka no adan atifi. Na monnsuro wɔn a wɔkum honam na wɔntumi nkum ɔkra, na mmom monsuro deɛ ɔbɛtumi asɛe ɔkra ne honam amanehunu kuro mu. Wɔntɔn mpatuprɛ mmienu nnye kaprɛ? Nanso wɔn mu baako mpo nkwati mo Agya nhwe fam. Na mo tirinwi mpo, wɔakan ne nyinaa. Enti monnsuro! Mosene mpatuprɛ bebree. Enti obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, me nso mɛbɔ ne din m’agya a ɔwɔ soro no anim; na obiara a ɔbɛpa me wɔ nnipa anim no, me nso mɛpa no m’agya a ɔwɔ soro no anim. Monnsusu sɛ mede asomdwoeɛ baa asase so; ɛnyɛ asomdwoeɛ na mede baeɛ, na mmom nkrantɛ. Na meba mebɛpaepaee mu na ɔbarima asɔre atia n’agya, na ɔbabaa asɔre atia ne na, na aseɛ asɔre atia n’asebaa; na onipa fiefoɔ bɛyɛ n’atamfo. Deɛ ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛne me no, ɔmfata me; na deɛ ɔpɛ ɔbabarima anaa ɔbabaa kyɛne me no, ɔmfata me, na deɛ ɔmfa n’asɛnnua na ɔnni m’akyire no, ɔmfata me. Deɛ ne nsa aka ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa, na deɛ me nti ne kra firi ne nsa no, ne nsa bɛka. Deɛ ɔgye mo no gye me, na deɛ ɔgye me no gye deɛ ɔsomaa me no. Deɛ ɔgye odiyifoɔ wɔ odiyifoɔ din mu no, ne nsa bɛka odiyifoɔ akatua; na deɛ ɔgye onipa tenenee wɔ onipa tenenee din mu no, ne nsa bɛka onipa tenenee akatua. Na obiara a ɔbɛma nketewa yi mu baako nsuonwunu kuruwa ma osuani din mu no, nokorɛ mese mo sɛ, n’akatua remmɔ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛbaa sɛ Yesu wiee n’asuafoɔ dummienu no kasakyerɛ no, ɔfirii hɔ sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm wɔn nkuro mu. Na Yohane tee Kristo nnwuma wɔ afiase no, ɔsomaa n’asuafoɔ kɔbisaa no sɛ: Wone deɛ ɔreba no, anaasɛ yɛnhwɛ ɔfoforɔ kwan? Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monkɔ, na monkɔka deɛ moteɛ na mohunu yi nkyerɛ Yohane: Anifirafoɔ hunu adeɛ, na mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho fi, na asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafoɔ. Na nhyira ne deɛ merento no suntidua. Na yeinom rekorɔ no, Yesu firii aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Ɛdeɛn na mofirii adi kɔɔ serɛ so kɔhwɛeɛ? Mmɛwa a mframa rehim anaa? Anaasɛ ɛdeɛn na mofirii adi kɔhwɛeɛ? Onipa a ɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ anaa? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ no wɔ ahemfo afie mu. Anaasɛ adɛn nti na mofirii adie? Mokɔhwɛɛ odiyifoɔ anaa? Aane, mese mo sɛ, ɔsene odiyifoɔ mpo. Oyi ne deɛ wɔatwerɛ ne ho asɛm sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ adi w’anim a ɔbɛsiesie w’anim kwan. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔn a mmaa awo wɔn nyinaa mu biara nsɔree a ɔsene Yohane suboni; nanso deɛ ɔyɛ ketewa koraa wɔ ɔsoro ahennie mu no yɛ kɛseɛ sene no. Na ɛfiri Osuboni Yohane berɛ so bɛsi nnɛ wɔyɛ ɔsoro ahennie no ho adeɛ anibereɛ so, na wɔn a wɔn ani abereɛ no fa no aniɛden so. Na adiyifoɔ no nyinaa ne mmara no hyɛɛ nkɔm bɛsii Yohane so. Na sɛ mopɛ sɛ mogye a, oyi ne Elia a ɔreba no. Deɛ ɔwɔ aso no, ma no ntie! Na hwan ho na mede nnɛ mma yi bɛtoɔ? Wɔte sɛ mmɔfra a wɔtete edwa ase refrɛfrɛ wɔn mfɛfoɔ sɛ: Yɛahyɛne atɛntɛbɛn ama mo na moansa; yɛatwa agyaadwo ama mo, na mo werɛ anho. Na Yohane baeɛ, ɔnnidi na ɔnnom, na wɔse: Ɔwɔ honhommɔne. Onipa ba no baeɛ, ɔdidi na ɔnom, na wɔse: Hwɛ, odidifoɔ ne ɔsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo. Nanso, nyansa nam ne nnwuma so di bem. Ɛnna ɔfirii aseɛ kaa nkuro a na wayɛ ne tumideɛ pii wom no anim sɛ wɔannsakyera wɔn adwene no sɛ: Korasin, due! Betsaida, due! Ɛfiri sɛ tumideɛ a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔasakyera wɔn adwene ayitoma ne nso mu dada. Nso mese mo sɛ, atemmuda no, ɛbɛfanyinam Tiro ne Sidon asene mo. Na wo Kapernaum, wɔbɛma wo so akɔ soro anaa? Hwɛ, wɔbɛbrɛ wo ase akɔ Asamando; ɛfiri sɛ tumideɛ a wɔayɛ no wo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Sodom a, anka ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ. Nso mese mo sɛ, atemmuda no, ɛbɛfanyinam Sodom asase asene wo. Saa berɛ no ara mu Yesu kaa sɛ: Agya, ɔsoro ne asase wura, meyi wo ayɛ sɛ wode nnoɔma yi ahunta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi akyerɛ nkɔkoaa. Aane, Agya, saa na ɛyɛ anisɔ w’anim. M’agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim Ɔba no, gye Agya no, na obiara nnim Agya no, gye Ɔba no ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔyi no adi kyerɛ no. Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome. Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu; na mobɛnya ɔhome ama mo kra. Na me kɔnnua yɛ mmerɛ, na m’adesoa yɛ hare.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛberɛ no mu no, Yesu kɔfaa aburoofuo bi mu homeda bi; na ɛkɔm dee n’asuafoɔ no, na wɔfitii aseɛ pempanee mmɛtem no bi weeɛ. Na Farisifoɔ no hunuiɛ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, w’asuafoɔ yɛ deɛ ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda. Na ɔsee wɔn sɛ: Monkenkann deɛ Dawid yɛeɛ, berɛ a ɛkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no? Sɛdeɛ ɔkɔɔ Nyankopɔn fie, na ɔkɔdii Kyerɛ paanoo a, ɔne wɔn a wɔka ne ho no nni ho kwan sɛ wɔdie, gye asɔfoɔ nko ara no? Anaasɛ monkenkann mmara no mu, sɛdeɛ homeda, asɔfoɔ a wɔwɔ asɔrefie no sɛe homeda nanso wɔnni ho fɔ no? Na mese mo sɛ, deɛ ɔkyɛne asɔrefie no wɔ ha. Na sɛ anka mote yei aseɛ, sɛ: Mmɔborɔhunu na mepɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ a, anka moammu wɔn a wɔnni fɔ no fɔ. Na Onipa Ba no yɛ homeda no wura. Na ɔfiri hɔ kɔɔ wɔn hyiadan mu. Na hwɛ, na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa awuo. Na wɔbisaa no sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔsa yadeɛ homeda anaa? Na wɔakɔtoto n’ano. Na ɔsee wɔn sɛ: Mo mu hwan na sɛ ɔwɔ odwan baako na ɔkɔtɔ amena mu homeda a, ɔrensɔ ne mu mma no soɔ? Onipa nsom bo nsene odwan anaa? Enti ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa homeda. Ɛnna ɔka kyerɛɛ onipa no sɛ: Tene wo nsa! Na ɔteneeɛ, na ɛsane yɛɛ yie sɛ baako no. Na Farisifoɔ no firi adi kɔtuu ne ho agyina sɛdeɛ wɔbɛkum no. Na Yesu hunuiɛ no, ɔtwee ne ho firii hɔ, na nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ. Na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnyi no adi, na deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no aba mu sɛ: Hwɛ, m’abɔfra a mayi no, deɛ medɔ no a me kra ani sɔ no; Mede me Honhom bɛgu ne so, na waka atɛntenenee akyerɛ Amanaman mufoɔ. Ɔrenko, na ɔrenteateam, na obi rente ne nne abɔntene so; mmɛwa a abuka no, ɔremmu mu, na ntomaban a ɛfiri wisie nso, ɔrennum de akɔsi sɛ ɔde atɛntenenee bɛkɔ nkonimdie mu. Na ne din so na amanaman de wɔn ho bɛtoɔ. Ɛnna wɔde obi a ɔwɔ honhommɔne a ɔyɛ onifirani ne emum brɛɛ no, na ɔsaa no yadeɛ maa emum no kasae, na ɔhunuu adeɛ. Na nkurɔfoɔ akuakuo no nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ Dawid ba no nie? Na Farisifoɔ no teeɛ no, wɔkaa sɛ: Ahonhommɔne panin Beelsebul nko ara so na onipa yi nam tu ahonhommɔne. Na ɔhunuu wɔn adwene no, ɔsee wɔn sɛ: Ahennie biara a ɛne ne ho di mpaepaemu no dane amamfo; na kuro anaa efie biara a ɛne ne ho di mpaepaemu no rennyina. Na sɛ Satan tu Satan a, na ɔne ne ho adi mpaepaemu; na ɛbɛyɛ dɛn na n’ahennie agyina? Na sɛ me, mede Beelsebul na metu ahonhommɔne a, na mo mma de hwan na ɛtu wɔn? Yei nti wɔbɛyɛ mo atemmufoɔ. Na sɛ mede Nyankopɔn Honhom na metu ahonhommɔne a, ɛnneɛ na Nyankopɔn ahennie anya aba mo so. Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛtumi akɔ ɔhoɔdenfoɔ fie akɔfom n’afideɛ, gye sɛ ɔdi kan kyekyere ɔhoɔdenfoɔ no ansa na wafom ne fie. Deɛ ɔnka me ho no, na ɔtia me; na deɛ ɔne me mmoaboa ano no, na ɔhwete mu. Yei nti mese mo sɛ: Wɔde bɔne ne abususɛm nyinaa bɛkyɛ nnipa, na honhom ho abususɛm deɛ, wɔremfa nkyɛ nnipa. Na deɛ ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no; na deɛ ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron deɛ, wɔremfa nkyɛ no wiase ha ne wiase a ɛreba no mu. Momma dua no nyɛ dua pa, na n’aba ayɛ aba pa; anaasɛ momma dua no nyɛ dua bɔne, na n’aba ayɛ aba bɔne; na dua no aba na wɔde hunu dua korɔ. Nhuritia mma! Moyɛ abɔnefoɔ yi, mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm pa? Na deɛ ayɛ akoma ma abu soɔ no, na ano ka. Onipa pa firi nnepa a waboaboa ano n’akoma mu no mu na ɔyi nnepa adie; na onipa bɔne firi nnebɔne a waboaboa ano n’akoma mu no mu na ɔyi nnebɔne adie. Na mese mo sɛ, asɛnhunu biara a nnipa bɛka no, wɔbɛbu ho akonta atemmuda. Na wo nsɛm so na wɔnam bɛbu wo bem, na wo nsɛm so nso na wɔnam bɛbu wo fɔ. Ɛnna Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no mu bi ka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛpɛ sɛ yɛhunu nsɛnkyerɛnneɛ bi firi wo hɔ. Na ɔbua see wɔn sɛ: Nnɛ mma abɔnefoɔ ne awaresɛefoɔ hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ, nanso wɔremma wɔn nsɛnkyerɛnneɛ biara gye Odiyifoɔ Yona nsɛnkyerɛnneɛ no. Na sɛdeɛ Yona dii bonsu yam nnansa awia ne anadwo no, saa ara nso na Onipa Ba no bɛdi asase ase nnansa awia ne anadwo. Ninewe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmuo no mu na wɔabu wɔn fɔ, ɛfiri sɛ wɔsakyeraa wɔn adwene wɔ Yona asɛnka mu; na hwɛ, deɛ ɔsene Yona wɔ ha. Anafoɔ fam hemmaa no ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmuo no mu, na wɔabu wɔn fɔ, ɛfiri sɛ ɔfiri asase ano nohoa bɛtiee Salomo nyansa; na hwɛ, deɛ ɔsene Salomo wɔ ha. Sɛ honhom fi no firi onipa no mu a, ɔkɔkyinkyini akwaweɛ so hwehwɛ ɔhome, na ɔnnya bi. Ɛnna ɔse: Mɛsane makɔ me dan a mefiri mu mebaeɛ no mu. Na ɔba a, ɔbɛto sɛ ɛda mpan, wɔaprapra mu, na wasiesie mu. Ɛnna ɔkɔ na ɔkɔfa ahonhom nson foforɔ a wɔyɛ bɔne sene no ka ne ho, na wɔbɛhyɛne mu tena hɔ; na onipa no akyire yi asetena yɛ bɔne sene kane deɛ no. Saa ara nso na ɛbɛyɛ nnɛ mma abɔnefoɔ yi. Na ɔgu so rekasa kyerɛ nkurɔfoɔ akuakuo no, hwɛ, ne na ne ne nuanom bɛgyinaa afikyire pɛɛ sɛ wɔne no kasa. Na obi ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo na ne wo nuanom gyina afikyire pɛ sɛ wɔne wo kasa. Na ɔbua see deɛ ɔsee no saa no sɛ: Hwan ne me na, na hwan ne me nuanom? Na ɔtenee ne nsa kyerɛɛ n’asuafoɔ no so kaa sɛ: Hwɛ, me na ne me nuanom ni! Na obiara a ɔbɛyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛdeɛ no, ɔno ara ne me nuabarima ne onuabaa ne ɛna.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛda no ara Yesu firii fie kɔtenaa mpoano. Na nkurɔfoɔ akuakuo pii boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, ɛno nti ɔkɔɔ kodoɔ mu kɔtenaa mu; na nkurɔfokuo no nyinaa gyinagyina mpoano. Na ɔkasaa pii mmebuo mu kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ogufoɔ bi firii adi kɔguu aba. Na ɔreguo no, ebi kɔguu kwankyɛn, na nnomaa ba bɛsosɔe. Ebi nso kɔguu aboɔ so, faako a dɔteɛ pii nnie; na ntɛm ara na ɛfifiriiɛ, ɛfiri sɛ na dɔteɛ no mu nnɔ, na owia firiiɛ no, ɛkusae, na ɛsiane sɛ ɛnni nhini nti, ɛhyeeɛ. Ebi nso kɔguu nkasɛɛ mu; na ɛrefifire no, ɛmiaa no. Na ebi nso kɔguu asase pa mu; na ɛsoo aba, ebi ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa. Deɛ ɔwɔ aso no, ma no ntie! Na asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Adɛn na wokasa kyerɛ wɔn mmebuo mu? Na ɔbua see wɔn sɛ: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu ɔsoro ahennie mu ahuntasɛm no, na wɔn deɛ, wɔmfa mmaa wɔn. Na obiara a ɔwɔ no, wɔbɛma no, na wanya aboro so; na obiara a ɔnnie no, deɛ ɔwɔ mpo wɔbɛgye afiri ne nsam. Yei nti na mekasa mekyerɛ wɔn mmebuo mu, ɛfiri sɛ wɔhunu deɛ, nanso wɔnhunu, na wɔte deɛ, nso wɔnte aseɛ. Na wɔn mu na Yesaia adiyisɛm no aba mu sɛ: Teɛ deɛ, mobɛte, na morente aseɛ; na hunu nso mobɛhunu, na morenhunu mu. Ɛfiri sɛ ɔman yi akoma apirim, na wɔn aso mu ayɛ duru, na wɔakatakata wɔn ani na wɔamfa wɔn ani anhunu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔamfa wɔn akoma ante aseɛ, na wɔannane wɔn ho, na mansa wɔn yadeɛ. Na mo deɛ, nhyira ne mo ani sɛ ɛhunu, ne mo aso sɛ ɛteɛ. Na nokorɛ mese mo sɛ, adiyifoɔ ne ateneneefoɔ pii pɛɛ sɛ anka wɔhunu deɛ mohunu yi, na wɔte deɛ moteɛ yi, nanso wɔanhunu, na wɔante nso. Afei montie ogufoɔ ho bɛ no: Obiara a ɔte ahennie no ho asɛm, na ɔnte aseɛ no, ɔbɔnefoɔ no ba bɛhwim deɛ wɔagu no n’akoma mu no; oyi ne deɛ wɔguu no kwankyɛn no. Na deɛ wɔguu no aboɔ soɔ no, ɔno ne deɛ ɔte asɛm no, na ɔde anigyeɛ gye no ntɛmntɛm; nanso ɔnni nhini wɔ ne mu, na ɔtena hɔ kakra, na sɛ asɛm no nti amanehunu anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato no suntidua. Na deɛ wɔguu no nkasɛɛ mu no ne deɛ ɔte asɛm no, na wiase asetena yi mu dadwene ne haw ne ahonyadeɛ nnaadaa mia asɛm no, na ɛnso aba. Na deɛ wɔguu no asase pa mu no ne deɛ ɔte asɛm no, na ɔte aseɛ; ɔno na ɔso aba, ebi so ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa. Ɔbuu wɔn bɛ foforɔ bi sɛ: Ɔsoro ahennie no te sɛ onipa bi a ɔguu aba pa n’afuo mu. Na ɛberɛ a na obiara ada no, ɔtamfo bi ba bɛguu wura bɔne bi ayuo no mu, na ɔfirii hɔ kɔeɛ. Na ɛyii ahahan na ɛsoo aba no, na wura bɔne no nso daa adie. Na afuowura no nkoa baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Owura, ɛnyɛ aba pa na woguu no w’afuo no mu? Na wura bɔne yi deɛ, ɛfiri he? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔtamfoɔ bi na wayɛ saa. Na nkoa no bisaa no sɛ: Ɛnneɛ wopɛ sɛ yɛkɔ kɔboaboa ano anaa? Ɛnna ɔse: Dabi, anhwɛ a, moreboaboa wura bɔne ano no, na moatu ayuo no bi afra mu. Momma ne mmienu no nyinaa nyini nkɔsi twa berɛ, na twa berɛ no mu mɛka makyerɛ twafoɔ no sɛ: Mommoaboa wura bɔne no ano kane, na monkyekyere no afiafi mma wɔnkɔhye, na ayuo no deɛ mommoaboa ano nkɔgu me san so! Ɔbuu wɔn bɛ foforɔ sɛ: Ɔsoro ahennie te sɛ sinapi fua a onipa bi fa kɔduaa n’afuo mu. Ɛno na ɛyɛ aba ahodoɔ nyinaa mu ketewa deɛ, nanso ɛnyini a, ɛne ɛfan nyinaa mu kɛseɛ, na ɛyɛ dua ma ewiem nnomaa ba bɛyɛ pirebuo wɔ ne mman so. Ɔbuu wɔn bɛ foforɔ sɛ: Ɔsoro ahennie te sɛ mmɔka a ɔbaa bi fa kɔfraa esiam korokuma mmiɛnsa ma mu de kɔsii sɛ ne nyinaa kaeɛ. Yeinom nyinaa Yesu ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no abebuo mu, na wankwati bɛ anka asɛm biara ankyerɛ wɔn. Yei ma deɛ odiyifoɔ no kaeɛ no ba mu sɛ: Mɛbue m’ano mmebuo mu, na mɛpae nsɛm a ahunta firi wiase asefire no mu maka. Afei ɔgyaa nkurɔfoɔ akuakuo no hɔ, na ɔbaa fie. Na n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa sɛ: Kyerɛ yɛn afuo mu wura bɔne ho bɛ no ase. Na ɔbua see wɔn sɛ: Deɛ ɔgu aba pa no ne onipa ba no; afuo no ne wiase; aba pa no ne ahennie no mma; wura no ne ɔbɔnefoɔ no mma; ɔtamfoɔ a ɔguiɛ no ne ɔbonsam; twa berɛ no ne wiase awieeɛ; twafoɔ no ne abɔfoɔ. Enti sɛdeɛ wɔboaboa wura no ano na wɔde ogya hyeɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ wiase awieeɛ. Onipa ba no bɛsoma n’abɔfoɔ na wɔakɔboaboa suntidua ne wɔn a wɔdi nsɛmmɔne nyinaa ano afiri n’ahennie mu, na wɔde wɔn akɔgu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa bɛsu na wɔatwɛre wɔn se. Ɛnna ateneneefoɔ no bɛhyerɛn sɛ owia wɔn Agya ahennie mu. Deɛ ɔwɔ aso no, ma no ntie! Ɔsoro ahennie no te sɛ agyapadeɛ bi a wɔde asie afuo mu; ɛno na onipa bi kɔhunuiɛ, na ɔkataa soɔ, na ɛho anigyeɛ nti, ɔkɔ kɔtɔnee deɛ ɔwɔ nyinaa de kɔtɔɔ afuo no. Bio ɔsoro ahennie te sɛ odwadini bi a ɔrehwehwɛ ahwene pa; na ɔhunuu ahweneɛ baako a ne boɔ yɛ den no, ɔkɔtɔnee deɛ ɔwɔ nyinaa de kɔtɔe. Bio ɔsoro ahennie te sɛ asau a wɔde guu po mu na ɛbumaa nam ahodoɔ nyinaa bi; na ɛyɛɛ ma, na wɔtwe baa mpoano, na wɔtenaa ase boaboaa deɛ ɛyɛ no ano guu akodoɔ mu, na deɛ ɛnyɛ no, wɔto gui. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ wiase awieeɛ no mu ara ne no. Abɔfoɔ no bɛba abɛfa nnipa bɔne afiri ateneneefoɔ mu, na wɔato wɔn agu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa bɛsu na wɔatwɛre wɔn se. Moate yeinom nyinaa ase anaa? Wɔbuaa no sɛ: Aane. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei nti ɔtwerɛfoɔ biara a wɔayɛ no osuani ama ɔsoro ahennie no te sɛ efiewura bi a ɔfiri n’agyapadeɛ mu yi nnoɔma foforɔ ne dada adie. Na ɛbaa sɛ Yesu wiee mmɛ yi buo no, ɔfiri hɔ kɔeɛ. Na ɔkɔɔ ɔno ara ne kurom no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn, wɔn hyiadan mu maa no yɛɛ wɔn ahodwiri, na wɔkaa sɛ: Ɛhe na oyi de nyansa ne tumi nnwuma yi fire? Ɛnyɛ duadwumfoɔ no ba no nie? Wɔmfrɛ ne na Maria, ne ne nuanom Yakobo, Yosef, Simon ne Yuda? Na ɛnyɛ ne nua mmaanom nyinaa na wɔne yɛn wɔ ha yi anaa? Na afei ɛhe na oyi kɔnyaa yeinom nyinaa? Na ɔyɛɛ suntidua maa wɔn. Na Yesu see wɔn sɛ: Anidie mmɔ odiyifoɔ, gye ne kurom ne ne fie. Na wɔn gyeɛ a wɔnnye nnie nti, wanyɛ tumi nnwuma pii wɔ hɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛberɛ no mu no, Ɔmansinihene Herode tee Yesu nka na ɔsee n’asomfo sɛ: Yohane suboni no ne no; wanyane afiri awufoɔ mu, na ɛno nti na tumideɛ yi yɛ adwuma wɔ ne mu yi. Na Herode asɔ Yohane mu akye no de no akɔto afiase, ne nua Filipo yere Herodia nti. Ɛfiri sɛ Yohane ka kyerɛɛ no sɛ: Wonni ho kwan sɛ woware no. Na ɔpɛɛ sɛ ɔkum no, nanso na ɔsuro nkurɔfoɔ no, ɛfiri sɛ na wɔbu no sɛ odiyifoɔ. Na Herode awoda duruiɛ no, Herodia babaa bɛsaa wɔn anim na ɛyɛɛ Herode fɛ. Ɛno nti ɔkaa ntam hyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no biribiara a ɔbɛbisa. Na ne na tuu no fo bɔne maa no bɛkaa sɛ: Fa Osuboni Yohane ti to plɛte so ma me ha yi ara! Na ɛyɛɛ ɔhene no ya, nanso ne ntam ne wɔn a wɔne no te adidiiɛ no nti, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa mma no. Na ɔsoma maa wɔkɔtwaa Yohane ti wɔ afiase hɔ. Na wɔde ne tiri no too plɛte so baeɛ, na wɔde maa ababaa no, na ɔde kɔmaa ne na. Na n’asuafoɔ no ba bɛfaa amu no kɔsiee, na wɔbɛka kyerɛɛ Yesu. Na Yesu teeɛ no, ɔtenaa kodoɔ mu firii hɔ kɔɔ ɛserɛ so, nkyɛn baabi. Na nkurɔfoɔ akuakuo no teeɛ no, wɔfirii nkuro so nam fam tii no. Na ɔsii fam bɛhunuu nkurɔfoɔ pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔsaa wɔn mu ayarefoɔ yadeɛ. Na onwunu dwoeɛ no, n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Ɛha yi yɛ ɛserɛ so, na onwunu nso adwo, gya nkurɔfoɔ akuakuo no kwan na wɔnkɔ nkuraa nkɔtɔ aduane nni! Na Yesu see wɔn sɛ: Ɛnhia sɛ wɔkorɔ, mo ara momma wɔn biribi nni! Na wɔsee no sɛ: Yɛnni biribiara wɔ ha, gye paanoo nnum ne mpataa mmienu. Ɛnna ɔse: Momfa mmrɛ me ha! Na ɔhyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ wɔntenatena ɛserɛ no so, na ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so; na ɔbubuu mu de paanoo no maa n’asuafoɔ, na asuafoɔ no nso de maa nkurɔfoɔ akuakuo no. Na wɔn nyinaa didi meeɛ, na mporoporowa a ɛkaeɛ no yɛɛ nkɛntɛn dummienu mama. Na wɔn a wɔdiiɛ no bɛyɛ mmarima mpemnum, mmaa ne mmɔfra nka ho. Na ntɛm ara na Yesu hyɛɛ asuafoɔ no sɛ wɔnkɔ kodoɔ mu, nni kan ntwa nkɔ asuogya nohoa, na ɔnnya nkurɔfoɔ akuakuo no kwan ansa. Na ɔwiee nkurɔfoɔ akuakuo no kwan gya no, ɔkɔɔ bepɔ so fa baabi mpaebɔ. Na onwunu dwoeɛ no, na aka ɔno nko ara wɔ hɔ. Na kodoɔ no aduru ɛpo no mfimfini, na asorɔkyeɛ reha no, ɛfiri sɛ na mframa no rehyia wɔn. Na ahemadakye nnɔnmmiɛnsa rekɔ no, Yesu nam po so baa wɔn nkyɛn. Na asuafoɔ no hunuu no sɛ ɔnam po no soɔ no, wɔn akoma tuiɛ, na wɔkaa sɛ: Ɛyɛ ɔsaman! Na wɔde ehu teateaa mu. Na ntɛm ara Yesu kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma mo bo ntɔ mo yam, ɛyɛ me, monnsuro! Na Petro buaa no sɛ: Awurade, sɛ ɛyɛ wo deɛ a, ka ma memmra wo nkyɛn nsuo no ani! Na ɔse: Bra! Na Petro firii kodoɔ no mu si faa nsuo no ani sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn. Na ɔhunuu mframa no, ɔsuroe; na ɔfirii aseɛ sɛ ɔremem no, ɔteaa mu sɛ: Awurade, gye me! Na ntɛm ara Yesu tenee ne nsa sɔɔ no mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo a wo gyidie sua! Adɛn nti na wogyee akyinnyeɛ? Na wɔduruu kodoɔ no mu no, mframa no gyaeeɛ. Na wɔn a wɔwɔ kodoɔ no mu no ba bɛkotoo no sɛ: Nyankopɔn ba ne wo ampa! Na wɔtwaeɛ no, wɔduruu Genesaret asase so. Na nnipa a wɔwɔ hɔ no hunuu no no, wɔsoma maa wɔkɔɔ asase a atwa ahyia no nyinaa so, na wɔde wɔn a wɔyareɛ nyinaa brɛɛ no, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka n’atadeɛ ano nnwo nko ara. Na dodoɔ a wɔde wɔn nsa kaeɛ no ho yɛɛ wɔn den.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ firi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bɛkaa sɛ: Adɛn nti na w’asuafoɔ no nni mpanimfoɔ atetesɛm no soɔ? Wɔnhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi. Na Yesu buaa wɔn sɛ: Adɛn nti na mo nso mo atetesɛm nti, monni Nyankopɔn ahyɛdeɛ soɔ? Na Onyankopɔn ahyɛ sɛ: Di w’agya ne wo na ni, na deɛ ɔka agya anaa ɛna ho asɛmmɔne no, owuo na ma no nwuo. Na mo deɛ mose: Obiara a ɔbɛse n’agya anaa ne na sɛ: Deɛ anka wobɛnya no me hɔ no yɛ ayɛyɛdeɛ no, na ɛnni sɛ ɔdi n’agya anaa ne na ni, na mo atetesɛm nti moasɛe Nyankopɔn asɛm. Nyaatwomfoɔ! Ɛdi sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ: Ɔman yi de wɔn anofafa na ɛdi me ni, na wɔn akoma deɛ, atwe afiri me ho kɔ akyirikyiri. Na wɔsɔre me kwa, wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ. Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montie, na monte aseɛ. Ɛnyɛ deɛ ɛkɔ anomu na ɛgu onipa ho fi, na mmom deɛ ɛfiri anomu ba na ɛgu onipa ho fi. Ɛnna n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wonim sɛ Farisifoɔ no tee asɛm yi no, ato wɔn suntidua? Na ɔbuaa sɛ: Dua biara a ɛnyɛ me soro Agya na ɔduaeɛ no, wɔbɛtu. Monnyaa wɔn, wɔyɛ anifirafoɔ a wɔkyerɛ anifirafoɔ kwan; na sɛ onifirani kyerɛ onifirani kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amena mu. Na Petro bua see no sɛ: Kyerɛ yɛn bɛ no ase! Na ɔse: Mo nso moda so nte aseɛ ara? Monhunu sɛ adeɛ biara a ɛkɔ anomu no kɔ ɔyafunu mu na ɛyi gu yaane mu anaa? Na deɛ ɛfiri anomu firi adie deɛ, ɛfiri onipa akoma mu, na ɛno na ɛgu onipa ho fi. Na akoma mu na adwemmɔne, awudisɛm, ayefasɛm, adwamansɛm, awifosɛm, adansekurumu ne abususɛm fire. Yeinom ne nnoɔma a ɛgu onipa ho fi; na sɛ wɔde nsa a wɔanhohorɔ didi a, ɛngu onipa ho fi. Na Yesu firi hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon fa mu. Na hwɛ, Kanaanni baa bi a ɔfiri mpɔtamu hɔ ba bɛteateaa mu sɛ: O Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi reha me babaa dodo! Nanso wammua no. Na n’asuafoɔ no ba bɛsrɛɛ no sɛ: Gya no kwan ma no nkɔ, na ɔreteateam di yɛn akyi. Na ɔbuaa sɛ: Israel fie nnwan a wɔayera no nko ara nkyɛn na wɔsomaa me. Na ɔbaa no ba bɛkotoo no sɛ: Awurade, boa me! Na ɔbuaa sɛ: Ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma aduane to ma nkraman mma. Na ɔse: Ɛwom, Awurade, nanso nkraman mma no nso di mporoporowa a ɛfiri wɔn wuranom pono so gu fam no bi. Ɛnna Yesu bua see no sɛ: O, ɔbaa, wo gyidie so; ɛnyɛ mma wo sɛdeɛ wopɛ no. Na amonom hɔ ara ne babaa no ho yɛɛ no den. Na Yesu firi hɔ baa Galilea po ho. Na ɔkɔɔ bepɔ so kɔtenaa ase wɔ hɔ. Na nkurɔfoɔ akuakuo pii de mpakye, mmubuafoɔ, anifirafoɔ, emum ne afoforɔ pii baa ne nkyɛn, na wɔde wɔn bɛguu ne nan ase, na ɔsaa wɔn yadeɛ maa no yɛɛ nkurɔfokuo no nwanwa, berɛ a wɔhunuu sɛ emum rekasa, na mpakye ho sane, na mmubuafoɔ nanteɛ, na anifirafoɔ hunu adeɛ; na wɔhyɛɛ Israel Nyankopɔn animuonyam. Na Yesu frɛɛ n’asuafoɔ no see wɔn sɛ: Nkurɔfokuo yi yɛ me mmɔbɔ sɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa nie, na wɔnni biribi a wɔdie; nanso mempɛ sɛ megya wɔn kwan ma wɔde yafumpan korɔ, na wɔankɔtotɔ baha ɔkwan mu. Na asuafoɔ no see no sɛ: Ɛhe na yɛbɛnya paanoo a ɛbɛso nkurɔfokuo pii sɛɛ wɔ anwea pradada so ha? Na Yesu see wɔn sɛ: Paanoo ahe na mowɔ? Na wɔse: Nson ne mpataa nketewa bi. Na ɔhyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ wɔntenatena fam. Na ɔfaa paanoo nson no ne mpataa no, na ɔdaa ase, na ɔbubu de maa n’asuafoɔ no, na asuafoɔ no nso de maa nkurɔfoɔ akuakuo no. Na wɔn nyinaa di meeɛ, na wɔtasetasee mporoporowa a ɛkaeɛ no nkɛntɛn nson mama. Na wɔn a wɔdiiɛ no yɛ mmarima mpemnan a wɔankan mmaa ne mmɔfra anka ho. Na ɔgyaa nkurɔfoɔ akuakuo no kwan no, ɔfaa kodoɔ na ɔbaa Magadan ahyeɛ so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no ba bɛsɔɔ no hwɛe, srɛɛ no sɛ ɔnkyerɛ wɔn ɔsoro nsɛnkyerɛnneɛ bi. Na ɔbua see wɔn sɛ: Ɛduru anwummerɛ a, mose: Ewiem bɛte ɛfiri sɛ ɔsoro abere. Na anɔpa mose: Ahum bɛtu nnɛ, ɛfiri sɛ ɔsoro abere na ayɛ kusuu. Monim ɔsoro ani nsɛm mu kyerɛ, na mmerɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ deɛ, montumi nkyerɛ mu. Nnɛ mma abɔnefoɔ ne awaresɛefoɔ hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na wɔremma wɔn nsɛnkyerɛnneɛ biara, gye Yona nsɛnkyerɛnneɛ no. Na ɔgyaa wɔn hɔ kɔeɛ. Na asuafoɔ no duruu asuogya nohoa no, na wɔn werɛ afiri sɛ wɔfa paanoo. Na Yesu see wɔn sɛ: Monhwɛ na monhwɛ mo ho yie Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho! Na wɔdwendwenee wɔn mu kekaa sɛ: Yɛamfa paanoo no ntira. Na Yesu hunuiɛ no, ɔkaa sɛ: O nnipa a mo gyidie sua! Adɛn na moredwendwene mo mu sɛ moamfa paanoo ntira? Monnya nhunui, na monkae nnipa mpemnum paanoo nnum no ne nkɛntɛn dodoɔ a monyaeɛ? Anaasɛ nnipa mpemnan paanoo nson ne nkɛntɛn bebree a monyaeɛ? Ɛdeɛn nti na monhunu sɛ ɛnyɛ paanoo ho asɛm na mereka mekyerɛ mo? Monhwɛ mo ho yie Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho! Ɛnna wɔhunuu sɛ wanka sɛ wɔnhwɛ wɔn ho yie paanoo mmɔreka ho, na mmom Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no nkyerɛkyerɛ ho. Na Yesu duruu Kaesarea Filipi fam no, ɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ: Nnipa se Onipa Ba no ne hwan? Na wɔse: Ebinom se: Yohane suboni no. Ebinom se: Elia. Na ebinom nso se: Yeremia anaa adiyifoɔ no mu baako. Ɔbisaa wɔn sɛ: Na mo nso, mose mene hwan? Na Simon Petro buaa sɛ: Wone Kristo no, Onyankopɔn teasefoɔ no ba! Ɛnna Yesu bua see no sɛ: Nhyira ne wo, Yona ba Simon, ɛfiri sɛ ɛnyɛ ɔhonam ne mogya na ɛyi kyerɛɛ woɔ, na m’agya a ɔwɔ soro no. Na me nso mese wo sɛ: Wone Petro, na ɔbotan yi so na mede m’asafo bɛsie, na Asamando apono remmu mfa so. Na mede ɔsoro ahennie nsafoa bɛma wo, na biribiara a wobɛkyekyere asase soɔ no, na wɔakyekyere no soro, na biribiara a wobɛsane no asase soɔ no, na wɔasane no soro. Ɛnna ɔhyɛɛ asuafoɔ no ketee sɛ wɔnnka nnkyerɛ obiara sɛ ɔno ne Kristo no. Na ɛfiri saa berɛ no na Yesu Kristo fitii aseɛ kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem na ɔkɔhunu amane pii mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no nsam, na wɔakum no, na ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no wanyane. Ɛnna Petro de no kɔɔ nkyɛn, na ɔfitii aseɛ twii n’anim sɛ: Ɛmpare wo, Awurade, yei remma wo so da! Na ɔdanee ne ho see Petro sɛ: Firi me so, Satan! Woyɛ suntidua ma me, ɛfiri sɛ wonnwene Nyankopɔn deɛ, na mmom nnipa deɛ na wodwene. Ɛnna Yesu see n’asuafoɔ no sɛ: Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi m’akyire a, ma no mpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛnnua so, na ɔnni m’akyi. Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne kra nkwa no, ɛbɛfiri ne nsa; na obiara a me nti ne kra bɛyera no deɛ, ne nsa bɛka. Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? Anaasɛ, ɛdeɛn na onipa bɛma de asesa ne kra? Na Onipa Ba no de n’agya animuonyam ne n’abɔfoɔ na ɛbɛba; ɛno na ɔbɛtua onipa biara ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ. Nokorɛ mese mo sɛ: Nnipa binom gyina ha a wɔrenka owuo nhwɛ kɔsi sɛ wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔreba n’ahennie mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na nnansia akyiri no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ tentene bi so wɔ fa baabi. Na ɔsakyeraa wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntadeɛ yɛɛ fitaa sɛ hann. Na hwɛ, Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn ne no kasaeɛ. Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Awurade, ɛyɛ sɛ yɛtena ha; sɛ wopɛ a, mɛbɔ asese mmiɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako, na Elia deɛ baako. Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Montie no! Na asuafoɔ no teeɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam, na wɔsuroo yie. Na Yesu ba bɛsosɔɔ wɔn mu sɛ: Monsɔre, na monnsuro! Na wɔmemaa wɔn ani soɔ no, wɔanhunu obiara gye Yesu nko ara. Na wɔfiri bepɔ no so resiane no, Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monnka deɛ moahunu yi nnkyerɛ obiara kɔsi sɛ onipa ba no bɛsɔre afiri awufoɔ mu. Na asuafoɔ no bisaa no sɛ: Adɛn nti na Atwerɛfoɔ no ka sɛ ɛsɛ sɛ Elia ba ansa? Na Yesu bua see wɔn sɛ: Elia ba na wabɛsiesie nnoɔma nyinaa deɛ, nanso mese mo sɛ: Elia aba dada, na wɔanhu no, na wɔyɛɛ no deɛ wɔpɛ nyinaa. Saa ara nso na Onipa Ba no rebɛhunu amaneɛ wɔn nsam. Ɛnna asuafoɔ no tee aseɛ sɛ Yohane suboni ho asɛm na ɔreka wɔn. Na wɔduruu nkurɔfokuo no nkyɛn no, onipa bi baa ne nkyɛn bɛkotoo no sɛ: Awurade, hu me ba yi mmɔbɔ, na ɔtwa, na ɔrehunu amane pii; na ɔtaa tɔ ogya mu, na ɔtaa tɔ nsuo mu. Na mede no mebrɛɛ w’asuafoɔ no, nanso wɔantumi ansa no yadeɛ. Na Yesu kaa sɛ: O nnɛ mma a monni gyidie na moakyea, me ne mo ntena hɔ nkɔduru da bɛn? Mento me bo ase mma mo nkɔsi da bɛn? Momfa no mmrɛ me ha! Na Yesu teateaa no, na honhommɔne no firi ne mu firii adi, na ɛfiri dɔn no ara mu na abɔfra no yadeɛ no gyaeeɛ. Ɛnna asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn ɛfa baabi, na wɔbisaa no sɛ: Adɛn nti na yɛantumi antu no? Na ɔsee wɔn sɛ: Ɛfiri sɛ mo gyidie sua; na nokorɛ mese mo sɛ, mowɔ gyidie sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ bepɔ yi sɛ: Tu firi ha kɔ nohoa, na ɛbɛtu, na anka biribiara nni hɔ a morentumi nyɛ. (Nanso saa adeɛ yi deɛ, n’adeban, ɛntumi ntu gye sɛ ɛnam mpaebɔ ne mmuada so.) Na wɔrekyinkyini Galilea no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnipa nsa, na wɔakum no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, ɔbɛnyane. Na ɛyɛɛ wɔn awerɛho pii. Na wɔduruu Kapernaum no, wɔn a wɔgyegye dwetɛbena fa toɔ no baa Petro nkyɛn sɛ: Mo kyerɛkyerɛfoɔ no ntua ɛtoɔ no anaa? Ɔse: Ɔtua. Na ɔbaa fie no, Yesu dii kan bisaa no sɛ: Simon, wodwene ho sɛn? Ɛhefoɔ hɔ na asase so ahemfo gyegye adwadeɛ anaa toɔ? Wɔn mma hɔ anaa ananafoɔ hɔ? Na ɔbuaa sɛ ananafoɔ hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnneɛ na mma no de wɔn ho. Nanso sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛrento wɔn suntidua nti, kɔ mpoano kɔto darewa, na apataa a ɔbɛba kane no, wobue n’anomu a, wobɛhunu dwetɛbena wɔ mu, ɛno na fa kɔma ma me ne woɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛdɔn no ara mu na asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn bɛbisaa sɛ: Hwan ne ɔkɛseɛ koraa wɔ ɔsoro ahennie no mu? Na Yesu frɛɛ abɔfra bi de no bɛgyinaa wɔn mfimfini, na ɔkaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, moannane na moanyɛ sɛ mmɔfra a, morentumi nhyɛne ɔsoro ahennie no mu. Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abɔfra yi no, ɔno ara ne ɔkɛseɛ koraa ɔsoro ahennie no mu. Na obiara a ɔbɛgye abɔfra a ɔte sɛɛ baako me din mu no, wagye me; na obiara a ɔbɛto nkumaa a wɔgye me die yi mu baako suntidua no, ɛyɛ ma no sɛ wɔde awiyammoɔ sɛne ne kɔn, na wɔkɔdɔ no asukɔ wɔ ɛpo bunu mu. Suntiduatoɔ nti wiase nnue! Na ɛtwa sɛ suntiduatoɔ ba deɛ, nanso onipa a suntiduatoɔ nam ne so ba no nnue! Na sɛ wo nsa anaa wo nan to wo suntidua a, twa, na to firi wo ho twene! Na ɛyɛ ma wo sɛ wode nansini anaa nsasini bɛkɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ nsa mmienu anaa nan mmienu, na wɔde wo bɛto daa ogya no mu. Na sɛ w’ani to wo suntidua a, tu, na to firi wo ho twene! Na ɛyɛ ma wo sɛ wode ani korɔ bɛkɔ nkwa mu, sene sɛ wowɔ ani mmienu, na wɔde wo bɛto ogya amanehunu kuro mu. Monhwɛ na moantiatia nkumaa yi mu baako anim, na mese mo sɛ ɔsoro hɔ, wɔn abɔfoɔ hwɛ m’agya a ɔwɔ soro no anim daa. [Na Onipa Ba no baa sɛ ɔrebɛgye deɛ ayera.] Modwene ho sɛn? Sɛ onipa bi wɔ nnwanten ɔha, na wɔn mu baako fom kwan a, ɔrennya aduɔkron nkron no mmepɔ so, na ɔnkɔhwehwɛ deɛ wafom kwan no anaa? Na sɛ ɛba sɛ ɔhu no a, nokorɛ mese mo sɛ, n’ani gye ne ho sene aduɔkron nkron a wɔamfom kwan no ho. Saa ara na ɛnyɛ adeɛ a Agya a ɔwɔ soro no pɛ, sɛ nkumaa yi mu baako bɛyera. Na sɛ wo nua fom wo a, kɔ na kɔyi no atɛn, wo ne no nko ara ntam. Sɛ ɔtie wo a, woanya wo nua. Na sɛ wantie a, fa onipa baako anaa baanu ka wo ho, na asɛm no nyinaa nnyina adansefoɔ mmienu anaa mmiɛnsa anomu. Na sɛ wantie wɔn nso a, kɔka kyerɛ asafo no. Na sɛ wantie asafo no nso a, ɛnneɛ bu no sɛ ɔbosonsonni ne togyeni. Nokorɛ mese mo sɛ, biribiara a mobɛkyekyere no asase soɔ no, wɔbɛkyekyere no soro; na biribiara a mobɛsane no asase soɔ no, wɔbɛsane no soro. Bio, nokorɛ mese mo sɛ, mo mu baanu yɛ anokorɔ asase so wɔ asɛm biara a mobɛbisa ho a, m’agya a ɔwɔ soro no bɛyɛ ama mo. Na deɛ baanu anaa baasa ahyiam me din mu no, ɛhɔ na mewɔ wɔn mfimfini. Ɛnna Petro baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Awurade, mprɛ ahe na me nua fom me a, memfa nkyɛ no? Ɛnkɔsi mprɛnson anaa? Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Mense wo sɛ ɛnkɔsi mprɛ nson, na mmom mprɛ aduɔson ahodoɔ nson. Yei nti ɔsoro ahennie te sɛ ɔhene bi a ɔpɛɛ sɛ ɔne ne nkoa bu nkonta. Na ɔfitii aseɛ buiɛ no, wɔde ɔbaako a ɔde no ɛka talente ɔpedu brɛɛ no. Na ɛnam sɛ ɔnni deɛ ɔde bɛtua nti, ne wura no hyɛɛ sɛ wɔntɔn no, ne ne yere ne ne mma, ne deɛ ɔwɔ nyinaa na wɔmfa mmɛtua ka no. Ɛnna akoa no gyae ne ho too fam wɔ n’anim srɛɛ no sɛ: Owura to wo bo ase ma me, na mɛtua wo ne nyinaa. Na akoa no wura no hunuu no mmɔbɔ, na ɔgyaee no, na ɔde ka no kyɛɛ no. Na akoa no ara firii adie no, ɔkɔhunuu ne nwirakwaa no mu baako a ɔde no denare ɔha; na ɔsɔɔ no mu, tim no amenewa kaa sɛ: Tua me ka! Na n’awirakwaa no nso de ne ho hwee fam srɛɛ no sɛ: To wo bo ase ma me, na mɛtua. Nanso ɔno deɛ, wampene, na ɔde no kɔtoo afiase sɛ ɛnkɔsi sɛ ɔbɛtua ɛka no. Na nwirakwaa no hunuu deɛ ɛsiiɛ no, ɛyɛɛ wɔn ya pii, na wɔba bɛkaa deɛ ɛsiiɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn wura no. Ɛnna ne wura no frɛɛ no see no sɛ: Akoa bɔne, wosrɛɛ me nti, mede ɛka no nyinaa mekyɛɛ wo; ɛnsɛ sɛ wo nso wohunu w’awirakwaa mmɔbɔ sɛdeɛ mehunuu wo mmɔbɔ no anaa? Na ne wura no bo fui, na ɔde no maa ahohiahiafoɔ sɛ ɛnkɔsi sɛ ɔbɛtua no deɛ ɔde no nyinaa. Saa ara na sɛ mo mu biara amfiri n’akomam amfa ne nua mfomsoɔ ankyɛ no a, me soro Agya nso bɛyɛ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛbaa sɛ Yesu wiee nsɛm yi ka no, ɔfirii Galilea, na ɔbaa Yudea ahyeɛ so, Yordan agya. Na nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn yadeɛ wɔ hɔ. Na Farisifoɔ baa ne nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛe, sɛ: Obi wɔ ho kwan sɛ asɛm biara nti ɔgyaa ne yere anaa? Na ɔbua see wɔn sɛ: Monkenkanee sɛ ɛfiri mfitiaseɛ no, deɛ ɔbɔɔ onipa no, ɔbarima ne ɔbaa na ɔyɛɛ wɔn? Ɛnna ɔkaa sɛ: Yei nti na ɔbarima bɛgya agya ne ɛna, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu abɛyɛ honam korɔ? Enti na wɔnna so nyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ honam korɔ. Enti deɛ Onyankopɔn de abom no, mma onipa biara nntete mu. Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Na adɛn nti na Mose hyɛɛ sɛ wɔmma awaregyaeɛ nwoma, na wɔnnyaa no no? Ɔsee wɔn sɛ: Mo akomaden nti na Mose maa mo kwan sɛ monnyaa mo yerenom; na ɛfiri mfitiaseɛ no, anka ɛnte saa. Enti mese mo sɛ, sɛ ɛnyɛ adwamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔware foforɔ a, na wasɛe awadeɛ; (na deɛ ɔbɛware deɛ wɔagyae no no nso asɛe awadeɛ.) Asuafoɔ no see no sɛ: Sɛ ɔbarima ne ne yere ntam asɛm te saa deɛ a, na ɛnyɛ sɛ wɔwareɛ. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ nnipa nyinaa na ɛbɛtumi agye asɛm yi, gye wɔn a wɔde ama wɔn. Na nnipa bi wɔ hɔ a wɔntumi nwareɛ a wɔwoo wɔn saa firii wɔn na yam, na ebinom nso wɔ hɔ a nnipa na ɛyɛɛ wɔn saa; na ebinom nso wɔ hɔ a ɔsoro ahennie nti na wɔayɛ wɔn ho saa. Deɛ ɔbɛtumi agyeɛ no, ma no nnye. Ɛnna wɔde mmɔfra brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so mmɔ mpaeɛ mma wɔn; nanso asuafoɔ no kaa nnipa a wɔde wɔn baeɛ no anim. Na Yesu kaa sɛ: Momma mmɔfra no kwan na monnsi wɔn me nkyɛn ba kwan; na yeinom sɛɛ yi na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea. Na ɔde ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn na ɔfiri hɔ kɔeɛ. Na hwɛ, obi baa hɔ bɛsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, adepa bɛn na menyɛ na manya daa nkwa? Na ɔsee no sɛ: Adɛn nti na wobisa me papa ho asɛm? Ɔbaako na ɔyɛ. Na sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu a, di mmara nsɛm no so! Ɔsee Yesu sɛ: Deɛ ɛwɔ he? Ɛnna Yesu se: Deɛ ɛse: Nni awu! Nsɛe awadeɛ! Mmɔ korɔno! Nni adansekurumu! Di w’agya ne wo na ni! Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho! Aberanteɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Madi yeinom nyinaa so. Ɛdeɛn na aka me bio? Yesu see no sɛ: Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔ na kɔtɔn deɛ wowɔ, na fa ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ soro, na bra bɛdi m’akyi! Aberanteɛ no tee asɛm yi no, ɔde awerɛhoɔ kɔeɛ; ɛfiri sɛ na ɔwɔ ahonyadeɛ bebree. Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, ɛyɛ den ma ɔdefoɔ sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro ahennie mu. Na bio mese mo sɛ, ɛyɛ mmerɛ ma yoma sɛ ɔbɛfa paneɛ tokuro mu sene sɛ ɔdefoɔ bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu. Na n’asuafoɔ no teeɛ no, ɛyɛɛ wɔn ahodwiri pii, na wɔkaa sɛ: Ɛnneɛ na hwan na wɔbɛtumi agye no nkwa? Na Yesu hwɛɛ wɔn, see wɔn sɛ: Onipa fam na yei ntumi nyɛ hɔ, na Nyankopɔn fam deɛ nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ. Ɛnna Petro bua see no sɛ: Hwɛ, yɛagya nnoɔma nyinaa hɔ abɛdi w’akyi. Ɛdeɛn koraa na yɛbɛnya? Na Yesu see wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mo a moabɛdi m’akyire yi, wiase foforɔ no mu no, ɛda a Onipa Ba no bɛtena n’animuonyam ahennwa soɔ no, mo nso mobɛtena ahennwa dummienu so, abu Israel mmusuakuo dummienu no atɛn. Na obiara a me nti wagya afie, anaa nuammarima anaa nuammaa, anaa agya anaa ɛna anaa mma, anaa nsase hɔ no, ɔbɛnya no mmɔho ɔha na wanya daa nkwa afa. Na adikanfoɔ pii bɛdi akyire, na akyikafoɔ abɛdi kan.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔsoro ahennie te sɛ onipa bi a ɔyɛ afuowura a ɔfirii adi anɔpatutuutu sɛ ɔrekɔbɔ adwumayɛfoɔ paa akɔ ne turo mu. Na ɔne adwumayɛfoɔ no dii ano sɛ da koro denare baako no, ɔmaa wɔkɔɔ ne bobe turo mu. Na ɔfirii adi bɛyɛ anɔpa nnɔnkron kɔhunuu afoforɔ sɛ wɔgyinagyina dwa ase kwa. Na ɔsee wɔn nso sɛ: Mo nso monkɔ me bobe turo mu, na akatua a ɛyɛ no na mede bɛma mo. Na wɔkɔeɛ. Bio, ɛbɛyɛ awia dummienu ne nnɔn mmiɛnsa no, ɔfiri adi kɔyɛɛ saa ara. Na ɛbɛyɛ anwummerɛ nnɔnnum mu no, ɔfirii adi kɔhunuu afoforɔ sɛ wɔgyinagyina hɔ kwa, na ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na mogyinagyina ha kwa adekyeeɛ nyinaa yi? Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Obiara mmɔɔ yɛn paa. Ɔsee wɔn sɛ: Mo nso monkɔ bobe turo mu hɔ! Na ɛduruu anwummerɛ no, bobe turo no wura no ka kyerɛɛ ne hwɛsoni sɛ: Frɛ adwumayɛfoɔ no, na ma wɔn wɔn apaadeɛ firi wɔn a wɔdi akyire so kɔsi wɔn a wɔdi kan so. Na wɔn a wɔfaa wɔn bɛyɛ anwummerɛ nnɔnnum baeɛ no, wɔn nyinaa nyaa denare denare. Na adikanfoɔ no baeɛ no, wɔsusuu sɛ wɔbɛnya deɛ ɛkyɛne saa; na wɔn nso nyaa denare denare. Na ɛkaa wɔn nsa no, wɔnwiinwii afuowura no so sɛ: Akyikafoɔ yi deɛ, dɔnhwere baako pɛ na wɔyɛɛ adwuma, na woama wɔn ne yɛn a yɛfiri anɔpa ayɛ adwuma na owia ahye yɛn no pɛ. Na ɔbua see wɔn mu baako sɛ: Awɛ, menyɛɛ wo bɔne; wo ne me anni ano denare anaa? Fa wo deɛ na kɔ! Menni kwan sɛ mema deɛ ɔbaa akyire yi sɛ wo, anaasɛ menni ho kwan sɛ mede me ara m’adeɛ meyɛ deɛ mepɛ anaa? Sɛ me yam yɛ nti na w’ani abere yi? Saa na akyikafoɔ bɛdi kan, na adikanfoɔ adi akyire; (na wɔafrɛ bebree nanso kakraa bi na wɔayi wɔn.) Na Yesu reforo akɔ Yerusalem no, ɔfaa dummienu no nko ara kɔɔ nkyɛn, ɔkwan no mu, ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, yɛreforo akɔ Yerusalem, na wɔbɛyi Onipa Ba no ahyɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ nsa, na wɔabu no kumfɔ, na wɔde no ahyɛ amanaman mufoɔ nsa sɛ wɔngoro ne ho, na wɔnka no mpire na wɔmmɔ no asɛnnua mu, na da a ɛtɔ so nnansa no ɔbɛnyane bio. Ɛnna Sebedeo mma no na, ne ne mma baa ne nkyɛn bɛkotoo no, na ɔsrɛɛ ne hɔ biribi. Na Yesu bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na wopɛ? Ɔbua see no sɛ: Ka ma me mma mmienu yi mu baako ntena wo nifa, na ɔbaako nso ntena wo benkum w’ahennie no mu. Na Yesu buaa sɛ: Monnim deɛ morebisa. Mobɛtumi anom kuruwa a merebɛnom no anaa? (Anaasɛ, mobɛtumi ama wɔde asubɔ a wɔde rebɛbɔ me no abɔ mo anaa?) Wɔsee no sɛ: Yɛbɛtumi. Na ɔsee wɔn sɛ: Me kuruwa deɛ mobɛnom, (na m’asubɔ nso mobɛnya,) na me nifa ne me benkum tena deɛ, ɛnyɛ me dea sɛ mede bɛma, na wɔde bɛma wɔn a m’agya asiesie ama wɔn. Na edu no teeɛ no, anuanom baanu no asɛm no anyɛ wɔn abodwoɔ. Na Yesu frɛɛ wɔn bae, na ɔkaa sɛ: Monim sɛ wiase amanaman ahemfo di wɔn so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛseɛ no di wɔn so tumi. Na ɛnte saa mo mu; na mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛseɛ mo mu no, ɔnyɛ mo somfoɔ, na obiara a ɔpɛ sɛ ɔdi kan mo mu no, ɔnyɛ mo akoa, sɛdeɛ Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne nkwa bɛyɛɛ agyedeɛ maa nnipa pii ne no. Na wɔfiri Yeriko rekorɔ no, nkurɔfokuo pii dii n’akyi. Na hwɛ, anifirafoɔ mmienu a wɔtete kwankyɛn tee sɛ Yesu retwam no, wɔteateaa mu sɛ: Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, Dawid ba! Na nkurɔfokuo no kaa wɔn anim sɛ wɔmmua wɔn ano. Ɛno mmom ma wɔteateaa mu denden sɛ: Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, Dawid ba! Na Yesu gyina frɛɛ wɔn sɛ: Ɛdeɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo? Wɔsee no sɛ: Awurade, ma yɛn ani mmue! Na Yesu hunuu wɔn mmɔbɔ, na ɔde ne nsa kaa wɔn ani; na ntɛm ara wɔhunuu adeɛ, na wɔdii n’akyi.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na wɔbɛnee Yerusalem na wɔduruu Betfage, Ngo Bepɔ ho no, Yesu somaa asuafoɔ baanu see wɔn sɛ: Monkɔ akuraa a ɛda mo anim yi ase, na ntɛm ara mobɛhunu afunumu a wɔasa no homa ne ne ba; monsane wɔn mfa wɔn mmrɛ me! Na sɛ obi bisa mo a, monka sɛ: Wɔn ho hia ma Awurade; na ntɛm ara ɔbɛma mode wɔn aba. Na yei nyinaa sii, na deɛ odiyifoɔ no kaeɛ no aba mu sɛ: Monka nkyerɛ Sion babaa sɛ: Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔdwo, na ɔte afunumu ne afunumu a ɔsoa nnoɔma ba so. Na asuafoɔ no kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ Yesu hyɛɛ wɔn no de afunumu no ne ne ba no baeɛ, na wɔde wɔn ntadeɛ guguu wɔn so, na ɔtenaa so. Na nkurɔfokuo no mu pii de wɔn ntadeɛ sesɛɛ kwan no mu, na ebinom nso twitwaa dua mman, na wɔde sesɛɛ kwan no mu. Na nkurɔfoɔ akuakuo a wɔdi kan ne wɔn a wɔdi akyire teateaa mu sɛ: Hosiana, Dawid ba no! Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no! Hosiana wɔ sorosoro nohoa! Na ɔduruu Yerusalem no, kuro mu no nyinaa bɔɔ twi sɛ: Hwan ni? Na nkurɔfoɔ akuakuo no se: Oyi ne Yesu, odiyifoɔ a ɔfiri Nasaret a ɛwɔ Galilea no. Na Yesu kɔɔ asɔrefie, na ɔkɔpamm wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ firii asɔrefie hɔ, na ɔkaa sikasesafoɔ apono ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma nkonnwa butui. Na ɔsee wɔn sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Wɔbɛfrɛ me fie mpaebɔfie, na mo deɛ, mode ayɛ adwotwafoɔ bɔn. Na anifirafoɔ ne mpakye baa ne nkyɛn asɔrefie hɔ, na ɔsaa wɔn yadeɛ. Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no hunuu anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ, ne mmɔfra a wɔteateaa mu asɔrefie sɛ: Hosiana Dawid ba no no, anyɛ wɔn abodwo, na wɔbisaa no sɛ: Wote deɛ yeinom reka no? Na Yesu see wɔn sɛ: Aane. Monkenkanee pɛn sɛ: Nkɔkoaa ne wɔn a wɔnom nufoɔ ano mu na woasiesie ayeyie, anaa? Na ɔgyaa wɔn hɔ firii kuro no mu kɔɔ Betania kɔtenaa hɔ. Na anɔpa a Yesu resane aba kuro no mu no, na ɛkɔm de no. Na ɔhunuu borɔdɔma bi kwan so no, ɔkɔɔ ho, na wanhunu hwee wɔ so sɛ ahahan nko ara. Na ɔsee no sɛ: Worenso aba bio ara da! Na amonom hɔ ara na borɔdɔma no poeɛ. Na asuafoɔ no hunuiɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔkaa sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na amonom ha yi ara borɔdɔma yi apoɔ yi? Na Yesu bua see wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mowɔ gyidie na monnye akyinnyeɛ a, anka ɛnyɛ borɔdɔma yi deɛ nko na mobɛyɛ, na anka mobɛka akyerɛ bepɔ yi sɛ: Tutu na kɔhwe po mu! na ɛbɛyɛ. Na biribiara a mobɛbisa mpaebɔ mu na mogye die no, mobɛnya. Na ɔduruu asɔrefie na ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nnoɔma yi, na hwan na ɔmaa wo saa tumi yi? Na Yesu bua see wɔn sɛ: Me nso mɛbisa mo asɛm baako a, sɛ moyi m’ano a, me nso mɛka tumi a mede meyɛ nnoɔma yi makyerɛ mo: Yohane asubɔ no, ɛfiri he? Ɛfiri soro anaasɛ ɛfiri nnipa? Na wɔsusuu wɔn mu sɛ: Sɛ yɛka sɛ ɛfiri soro a, ɔbɛse yɛn sɛ: Adɛn nti na moannye no annie? Na sɛ yɛka sɛ ɛfiri nnipa a, yɛsuro nkurɔfokuo no; ɛfiri sɛ wɔn nyinaa bu Yohane sɛ odiyifoɔ. Na wɔbuaa Yesu sɛ: Yɛnnim. Na ɔno nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me nso merenka tumi ko a mede meyɛ yeinom menkyerɛ mo. Na modwene yei ho sɛn? Ɔbarima bi wɔ mma baanu; na ɔkɔɔ deɛ ɔdi kan no hɔ sɛ: Ɔba, nnɛ kɔyɛ me bobe turo mu adwuma! Na ɔba no buaa sɛ: Merenkɔ! Na akyire yi, ɔsesaa n’adwene, na ɔkɔeɛ. Na ɔkɔɔ deɛ ɔka ho no hɔ, kɔkaa saa ara kyerɛɛ no. Na ɔbuaa sɛ: Owura mɛkɔ! nanso wankɔ. Wɔn baanu yi mu hwan na ɔyɛɛ deɛ n’agya pɛ? Na wɔse: Deɛ ɔdi kan no. Yesu see wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, togyefoɔ ne nnwamamfoɔ redi mo anim akɔ Nyankopɔn ahennie mu. Na Yohane nam tenenee kwan mu baa mo nkyɛn, na moannye no anni; na togyefoɔ ne nnwamamfoɔ na wɔgyee no diiɛ, na mo nso mohunuiɛ no, moannu mo ho akyire yi annye no anni. Montie ɛbɛ foforɔ! Afuowura bi wɔ hɔ a ɔyɛɛ bobe turo, na ɔgyee ho ban hyiae, na ɔtuu mu nsa-kyi-amena, na ɔtoo aban tentene, na ɔde hyɛɛ ahwɛsofoɔ bi nsa, na ɔgyaa hɔ kɔɔ baabi. Na aduaba berɛ duruiɛ no, ɔsomaa ne nkoa kɔɔ ahwɛsofoɔ no nkyɛn sɛ wɔnkɔgye n’aduaba mmra. Na ahwɛsofoɔ no faa ne nkoa no, na wɔhwee bi, na wɔkumm bi, na wɔsii bi aboɔ. Bio, ɔsomaa nkoa foforɔ a wɔdɔɔso sene akane deɛ no; nanso wɔyɛɛ wɔn saa ara. Na akyire yi, ɔsomaa ne ba kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Wɔbɛfɛre me ba. Nanso ahwɛsofoɔ no hunuu ɔba no no, wɔkekaa wɔn mu sɛ: Oyi ne ɔdedifoɔ no; mommra mma yɛnkum no, na n’apɛgyadeɛ no nyɛ yɛn deɛ. Na wɔfaa no twee no firi bobe turo no mu hɔ kɔkumm no. Enti da a bobe turo wura no bɛba no, ɛdeɛn na ɔbɛyɛ ahwɛsofoɔ no? Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbɛsɛe nnipa bɔne no pasaa, na ɔde bobe turo no ama ahwɛsofoɔ foforɔ a wɔde aduaba bɛbrɛ no ne berɛ mu. Yesu see wɔn sɛ: Monkenkanee twerɛ nsɛm no mu pɛn sɛ: Ɔboɔ a abantofoɔ apoɔ no, ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no ntweaso tiboɔ; yei firi Awurade na ɛyɛ nwanwa yɛn ani so? Yei nti mese mo sɛ: Wɔbɛgye Nyankopɔn ahennie no afiri mo nsam de akɔma ɔman a wɔde mu aduaba bɛba. Na deɛ ɔbɛhwe ɔboɔ yi soɔ no, ne mu bɛbubu, na deɛ ɛbɛhwe ne soɔ no ɛbɛpɛkyɛ no. Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no tee ne mmebuo no, wɔhunuu sɛ wɔn ho asɛm na ɔreka. Na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔkyere no nanso na wɔsuroo nkurɔfoɔ akuakuo no, ɛfiri sɛ na wɔbu no sɛ odiyifoɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yesu kasa kyerɛɛ wɔn mmebuo mu bio sɛ: Ɔsoro ahennie te sɛ ɔhene bi a ɔtoo ayeforɔ pono maa ne ba. Na ɔsomaa ne nkoa sɛ wɔnkɔfrɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔmmra ayeforɔ no ase no, nanso wɔampɛ sɛ wɔba. Bio ɔsomaa nkoa foforɔ sɛ: Monkɔka nkyerɛ wɔn a wɔahyia wɔn no sɛ: Hwɛ, masiesie m’aduane, wɔakum m’anantwie ne me nyɛmmoa, na wɔawie nnoɔma nyinaa; mommra ayeforɔ no ase! Na wɔn deɛ, wɔamfa anyɛ hwee, na wɔkokɔe. Obi kɔɔ n’afuo mu, na obi nso kɔdii ne dwa. Na wɔn a aka no kyekyeree ne nkoa no bɔɔ wɔn adapaa kunkumm wɔn. Na ɔhene no teeɛ no, ne bo fuiɛ, na ɔsomaa ne dɔm maa wɔkɔkunkumm awudifoɔ no, na wɔhyee wɔn kuro. Ɛnna ɔsee ne nkoa no sɛ: Wɔasiesie ayeforɔhyia no deɛ, nanso wɔn a wɔhyiaa wɔn no, ansɛ wɔn. Enti monkɔ atempɔn nkwanta so, na dodoɔ a mobɛhu wɔn no, momfrɛ wɔn mmra ayeforɔ no ase. Na nkoa no firii adi kɔɔ akwan so, kɔboaboaa dodoɔ a wɔhunuu wɔn no ano, nnipa bɔne ne nnipa pa; na ahɔhoɔ bɛhyɛɛ ayeforɔhyia dan no ma. Na ɔhene no baa mu bɛhwɛɛ ahɔhoɔ no, ɔbɛhunuu onipa bi a ɔnhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ wɔ hɔ. Na ɔbisaa no sɛ: Awɛ, wobaa mu ha sɛn ni, na wonhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ yi? Na ɔtɔree mum. Ɛnna ɔhene no see asomfoɔ no sɛ: Monkyekyere ne nan ne ne nsa mfa no, nkɔto no ntwene akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwerɛ wɔ. Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no dɔɔso, nanso wɔn a wɔyi wɔn no deɛ, wɔyɛ kakraa bi. Ɛno na Farisifoɔ no kɔ kɔtuu agyina sɛdeɛ wɔbɛsum no fidie wɔ kasa mu. Na wɔsomaa wɔn asuafoɔ kaa Herodefoɔ no ho baa ne nkyɛn sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ, na wokyerɛ Nyankopɔn kwan nokorɛ mu, nanso obiara asɛm mfa wo ho; na wonhwɛ nnipa anim. Enti kyerɛ yɛn deɛ wodwene. Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyi toɔ ma Kaesare anaasɛ wɔnnyi? Na Yesu hunuu wɔn amumuyɛ no, ɔkaa sɛ: Mo nyaatwomfoɔ, adɛn na moresɔ me ahwɛ? Momfa ɛtoɔ sika no bi mmɛkyerɛ me! Na wɔde denare brɛɛ no. Na ɔbisaa wɔn sɛ: Hwan mfonini ne n’atwerɛ nie? Wɔse: Kaesare dea. Ɛnna ɔsee wɔn sɛ: Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma Kaesare ne Nyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn! Na wɔteeɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa; na wɔgyaa no hɔ kɔeɛ. Da no ara na Sadukifoɔ a wɔka sɛ owusɔreɛ nni hɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, Mose kaa sɛ: Sɛ obi wu na ɔnni mma a, ne nua nware ne yere no na ɔnwo mma mma ne nua no. Na anuanom baason bi tenaa yɛn nkyɛn ha. Deɛ ɔdi kan no waree, na ɔwui; wannya mma, na ɔgyaa ne yere maa ne nua. Saa ara nso na deɛ ɔtɔ so mmienu ne mmiɛnsa no yɛeɛ de kɔduruu nson no soɔ. Na wɔn nyinaa akyiri no, ɔbaa no nso wui. Enti owusɔreɛ mu no, nnipa nson no mu hwan na ɔbɛyɛ ne yerɛ? Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa aware no. Na Yesu bua see wɔn sɛ: Mofom, na monnim twerɛ nsɛm ne Nyankopɔn tumi. Owusɔreɛ mu no, wɔnware na wɔmma awadeɛ na wɔte sɛ abɔfoɔ wɔ soro. Na ɛfa awufoɔ sɔreɛ ho deɛ, monkenkann deɛ Onyankopɔn kaeɛ no pɛn sɛ: Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn? Onyankopɔn nyɛ awufoɔ Nyankopɔn na mmom ateasefoɔ Nyankopɔn. Na nkurɔfoɔ akuakuo no teeɛ no, ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn ahodwiri. Na Farisifoɔ no tee sɛ wamua Sadukifoɔ no ano no, wɔkɔhyiaa faako. Na wɔn mu baako a ɔyɛ mmaranimfoɔ bisaa no de sɔɔ no hwɛɛ sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, mmara no mu kɛseɛ ne deɛ ɛwɔ he? Na ɔsee no sɛ: Dɔ Awurade wo Nyankopɔn w’akoma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu! Yei ne mmara no mu kɛseɛ ne deɛ ɛdi kan. Na deɛ ɛtɔ so mmienu te sɛ ɛno: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho! Mmara nsɛm mmienu yi so na mmara ne adiyifoɔ no nyinaa gyina. Na Farisifoɔ no hyiaeɛ no, Yesu bisaa wɔn sɛ: Modwene Kristo no ho sɛn? Hwan ba ne no? Wɔsee no sɛ: Dawid. Ɔbisaa wɔn sɛ: Na afei adɛn na Dawid nam honhom mu frɛ no owura ka sɛ: Awurade see me wura sɛ: Tena me nifa kɔsi sɛ mede w’atamfoɔ bɛgu wo nan ase? Sɛ Dawid frɛ no owura a, na ɛyɛɛ dɛn na ɔyɛ ne ba? Na obiara antumi ammua no asɛm biara, nanso ɛfiri da no, obiara antumi ammisa no asɛm biara bio.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo ne n’asuafoɔ no sɛ: Mose akonnwa so na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ atena. Enti deɛ wɔbɛse mo sɛ monni soɔ no nyinaa, monni so na monyɛ. Na wɔn nnwuma deɛ, monnyɛ; ɛfiri sɛ wɔka, nanso wɔnyɛ. Na wɔkyekyere nnesoa duruduro to nnipa mmatiri so; na wɔn ara deɛ, wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn nsateaa mpo ka. Na wɔyɛ wɔn nnwuma nyinaa sɛdeɛ nnipa bɛhu wɔn. Na wɔyɛ wɔn nkaeɛ nwoma atɛtrɛtɛ, na wɔyɛ wɔn ntadeɛ ano nnwo akɛseɛ. Na wɔpɛ mpanimfoɔ tenaberɛ adidie ase, ne mpanimfoɔ nkonnwa hyia adan mu, ne edwam nkyea, ne sɛ nnipa bɛfrɛ wɔn: Rabi! Na mo deɛ, wɔmmfrɛ mo Rabi; na ɔbaako ne mo kyerɛkyerɛfoɔ, na mo nyinaa yɛ anuanom. Na mommfrɛ obiara mo agya asase so; na ɔbaako ne mo agya, ɔne deɛ ɔwɔ soro no. Nanso wɔmmfrɛ mo awuranom; na ɔbaako ne mo wura, ɔne Kristo no. Na deɛ ɔyɛ mo mu kɛseɛ no nyɛ mo somfoɔ. Na obiara a ɔbɛma ne ho soɔ no, wɔbɛbrɛ no ase; na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so. Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moto ɔsoro ahennie mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu. (Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ mobɔ akunafoɔ apoo, nanso moboapa bɔ mpaeɛ atentene kyerɛ. Yei nti, mobɛnya afobuo a ɛso.) Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ motwa ɛpo ne asase ho hyia sɛ mobɛyɛ onipa baako mo fekuni; na sɛ ɔyɛ a, moyɛ no amanehunu kuromani mmɔho mmienu sene mo ara. Monnue, mo kwankyerɛfoɔ anifirafoɔ a moka sɛ: Obi ka asɔredan ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ ɔka asɔredan sika kɔkɔɔ deɛ a, ɛkyekyere no. Mo anifirafoɔ ne nkwaseafoɔ! Deɛ ɛwɔ he na ɛso, sika kɔkɔɔ no anaa asɔredan a ɛma sika kɔkɔɔ no ho teɛ no? Na obi ka afɔrebukyia no ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ ɔka ayɛyɛdeɛ a ɛgu soɔ no ntam deɛ a, ɛkyekyere no. Anifirafoɔ! Deɛ ɛwɔ he na ɛso, ayɛyɛdeɛ no anaa afɔrebukyia a ɛma ayɛyɛdeɛ no ho teɛ no? Enti deɛ ɔde afɔrebukyia bɛka ntam no, ɔde ɛno ne deɛ ɛwɔ soɔ no nyinaa na ɛka, na deɛ ɔde asɔredan ka ntam no, ɔde ɛno ne deɛ ɔte mu no na ɛka. Na deɛ ɔde ɔsoro ka ntam no, ɔde Nyankopɔn ahennwa ne deɛ ɔte soɔ no na ɛka. Monnue, mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moyi ɛme ne nunum ne tɛtɛ ho ntotosoɔ du du ma, na mogya mmara mu deɛ ɛsom boɔ no, a ɛyɛ atemmuo ne mmɔborɔhunu ne gyidie; yei na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, na monnya nkaeɛ no nso. Akwankyerɛfoɔ anifirafoɔ a mosɔne yi nwansena twene, na momene yoma. Monnue, mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ mohohoro kuruwa ne ayowa akyire, na emu deɛ adwotwa ne adufudepɛ ahyɛ ma. Farisini nifirani! Hohoro kuruwa ne ayowa no mu kane, na akyire nso afi. Monnue, mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ mote sɛ ɛda a wɔaka ho, a ɛho a wɔhunu no yɛ fɛ, nanso emu deɛ efunu nnompe ne efi nyinaa ayɛ ma. Saa ara nso na moboapa yɛ sɛ nnipa tenenee wɔ nnipa anim, na mo mu deɛ, nyaatwom ne amumuyɛ ayɛ ma. Monnue, mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ mototo adiyifoɔ nna soɔ na mosiesie ateneneefoɔ aboda mu, na moka sɛ: Sɛ yɛwɔ yɛn agyanom berɛ so a, anka yɛne wɔn remmom nhwie adiyifoɔ no mogya ngu. Yei na mode di mo ho adanseɛ sɛ wɔn a wɔkumm adiyifoɔ no mma ne mo. Mo nso monhyɛ mo agyanom susukoraa no ma! Awɔ, nhuritia mma! Mobɛyɛ dɛn adwane amanehunu kurom atemmuo? Hwɛ, yei nti meresoma adiyifoɔ ne anyansafoɔ ne Atwerɛfoɔ aba mo nkyɛn, na mobɛkum wɔn mu bi abɔ wɔn asɛnnua mu, na moaka wɔn mu bi mpire mo hyia adan mu, na moataa wɔn afiri kuro mu akɔ kuro mu; na mogya tenenee a wɔahwie agu asase so nyinaa, ɛfiri Habel tenenee mogya so de bɛsi Barakia ba Sakaria a mokumm no asɔredan ne afɔrebukyia ntam no mogya so aba mo so. Nokorɛ mese mo sɛ, yeinom nyinaa bɛba nnɛ mma yi so. Ao! Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ, na wosi wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn aboɔ! Mprɛ ahe na anka mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano, sɛdeɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ! Hwɛ, wɔbɛgya mo fie fituo ama mo. Na mese mo sɛ, ɛfiri sɛsɛɛ morenhu me de bɛkɔ akɔsi sɛ mobɛka sɛ: Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yesu firii asɔrefie hɔ a ɔrekorɔ no, n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn sɛ wɔrebɛkyerɛ no asɔrefie aban no. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhunu yeinom? Nokorɛ mese mo sɛ: Wɔrennya ɔboɔ a ɛsi ɔboɔ so ɛha a wɔrennwiri ngu fam. Na ɔte Ngo Bepɔ soɔ no, asuafoɔ no baa ne nkyɛn wɔ afa baabi bɛkaa sɛ: Ka kyerɛ yɛn, da bɛn na yeinom bɛyɛ hɔ, na ɛdeɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awieeɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ? Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monhwɛ na obi annaadaa mo. Na nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ: Mene Kristo no; na wɔabɛdaadaa nnipa pii. Na mobɛte ɔko ne akosɛm. Monhwɛ na mo akoma antu, ɛfiri sɛ ɛtwa sɛ ɛba, nanso na awieeɛ no nnya nnuruiɛ. Na ɔman bɛsɔre ɔman so ne ahennie ahennie so; na ɛkɔm ne asasewosoɔ bɛba mmeammea. Na yeinom nyinaa ne awoko yea mfitiaseɛ. Ɛnna wɔbɛyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo, na me din nti, aman nyinaa bɛtane mo. Na ɛno na ɛbɛto nnipa bebree suntidua; na wɔbɛyiyi wɔn ho ama, na wɔatentane wɔn ho. Na adiyifoɔ atorofoɔ bebree bɛsɔre, na wɔabɛdaadaa nnipa bebree. Na ɛnam sɛ amumuyɛ bɛdɔɔso nti, wɔn mu dodoɔ no ara dɔ ano bɛdwo. Na deɛ ɔbɛgyina mu akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no. Na wɔbɛka ahennie no ho asɛmpa yi wɔ wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanseɛ; ɛno ansa na awieeɛ no bɛba. Enti sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ man no a Odiyifoɔ Daniel kaeɛ no, sɛ ɛgyina kronkronbea hɔ no a, (deɛ ɔrekenkan no, ma no nte aseɛ!) Ɛno na wɔn a wɔwɔ Yudea nnwane nkɔ bepɔ soɔ. Deɛ ɔwɔ ɔdan atifi no, mma no nnsiane mmmɛfa biribi mmfiri ne dan mu; na deɛ ɔwɔ wiram nso nnsane n’akyiri mmmɛfa ne ntoma. Na wɔn a wɔafa afuro, ne wɔn a wɔma nufoɔ nna no mu no nnue! Na mommɔ mpaeɛ na mo dwane no amma awɔberɛ anaa homeda. Na ɛno na ahohiahia kɛseɛ a ɛfiri wiase mfitiaseɛ de bɛsi nnɛ, ebi mmaa da, nanso ebi remma da, bɛba. Na sɛ wɔantwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; nanso wɔn a wɔayi wɔn no nti, wɔbɛtwa nna no so. Ɛno na sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ: Hwɛ, Kristo no wɔ ha! anaasɛ ɔwɔ ha! a, monnnye nnni! Na kristo atorofoɔ ne adiyifoɔ atorofoɔ bɛsɔre na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ ne anwanwadeɛ, a ɛbɛtumi aba sɛ, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo. Hwɛ, maka makyerɛ mo dada. Enti sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: Hwɛ, ɔwɔ serɛ so! a, monnkɔ; hwɛ, ɔwɔ mpia mu! a, monnnye nnni! Na sɛdeɛ anyinam pae firi apueeɛ na ɛhyerɛn kɔ atɔeɛ no, sɛdeɛ Onipa Ba no ba nso bɛyɛ ara ne no. Na faako a efunu wɔ no, ɛhɔ na apɛtɛ bɛboaboa wɔn ano. Na nna no mu ahohiahia akyiri no, ntɛm ara owia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn, na nsoromma bɛtutu firi soro agu fam, na ɔsoro ahoɔden awoso. Ɛno na Onipa ba no nsɛnkyerɛnneɛ bɛda adi wɔ soro, na asase so mmusuakuo nyinaa ho bɛhiahia wɔn kɛse, na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔreba ɔsoro mununkum mu tumi ne animuonyam kɛseɛ mu. Na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ ama wɔde totorobɛnto a ne nne so aba; na wɔaboaboa wɔn a wɔayi wɔn no ano afiri wiase mframa nnan no mu afiri ɔsoro ano akɔpem ano. Monsua borɔdɔma ho bɛ no: Sɛ ne ban nya yɛ frɔmfrɔm na ɛreyiyi nhahan a, na monim sɛ ahuhuro berɛ abɛn. Saa ara nso na mo nso, sɛ mohunu yeinom nyinaa a, monhunu sɛ abɛn, na aduru apono ano! Nokorɛ mese mo sɛ, awoɔ ntoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ yeinom nyinaa aba mu ansa. Ɔsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da. Na ɛda no ne dɔn ko no deɛ, obiara nnim, ɔsoro abɔfoɔ ne Ɔba no mpo nnim, gye Agya no nko ara. Na sɛdeɛ Noa nna no yɛeɛ no, saa ara nso na Onipa ba no ba bɛyɛ. Na sɛdeɛ nna a ɛdi nsuyire no mu wɔdidiiɛ na wɔnomeeɛ, wɔwareeɛ na wɔmaa awadeɛ de kɔsii da a Noa hyɛnee adaka no mu, na wɔanhunu de kɔsii sɛ nsuo bɛfaa wɔn nyinaa kɔeɛ no, saa ara nso na Onipa ba no ba bɛyɛ. Ɛnna nnipa baanu a wɔwɔ afuo mu, wɔbɛfa ɔbaako na wɔagya koro no. Mmaa mmienu a wɔreyam owiyammoɔ soɔ, wɔbɛfa ɔbaako na wɔagya koro no. Enti monwɛn, ɛfiri sɛ monnim da ko a mo wura bɛba. Na monhunu yei sɛ efiewura no nim ɔdasuo ko a owifoɔ bɛba a, anka ɔbɛwɛn, na wamma wɔammɛtu ne dan ase amma mu. Yei nti monsiesie mo ho nsie, ɛfiri sɛ dɔn a monnwene ho no mu na Onipa Ba no reba. Na hwan koraa ne akoa nokwafoɔ ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfoɔ so sɛ ɔmma wɔn aduane ɛberɛ a ɛsɛ mu? Nhyira ne akoa a ne wura ba a, ɔbɛhu no sɛ ɔreyɛ saa. Nokorɛ mese mo sɛ, ɔbɛma no adi deɛ ɔwɔ nyinaa so. Na sɛ akoa bɔne no ka no n’akomam sɛ: Me wura rekyɛre ba, na ɔfiri aseɛ boro ne nwirakwaa, na ɔne asabofoɔ didi nom a, akoa no wura bɛba da a n’ani nna no kwan, ne dɔn a ɔnnim mu, na wabɛtwitwa ne mu asinasini na wamma ɔne nyaatwomfoɔ anya kyɛfa korɔ. Ɛhɔ na osu ne setwerɛ wɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna wɔde ɔsoro ahennie no bɛto mmabaawa du bi a wɔtasee wɔn nkanea firi adi sɛ wɔrekɔhyia ayeforɔkunu no ho. Na wɔn mu nnum yɛ mmadwemma na nnum nso nyɛ mmadwemma. Na wɔn a wɔnyɛ mmadwemma no faa wɔn nkanea no, wɔamfa ngo ankura; na mmadwemma no faa ngo guu ntoa mu kaa wɔn nkanea ho. Na ayeforɔkunu no kyɛreeɛ no, wɔn nyinaa ani kumee na wɔdedaeɛ. Na dasuo mu no, wɔtee nteamu sɛ: Hwɛ, ayeforɔkunu no ni oo! Momfiri adi nkɔhyia no! Ɛnna mmabaawa no nyinaa sɔre kekaa wɔn nkanea. Na wɔn a wɔnyɛ mmadwemma no ka kyerɛɛ mmadwemma no sɛ: Momma yɛn mo ngo no bi, na yɛn nkanea redunnum. Na mmadwemma no buaa sɛ: Dabi, ɛrenso yɛn ne mo; na monkɔ wɔn a wɔtɔn mmom nkyɛn nkɔtɔ mo deɛ! Na wɔrekɔ akɔtɔ bie no, ayeforɔkunu no baeɛ, na wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne no kɔɔ ayeforɔhyia no ase, na wɔtoo pono no mu. Na akyire yi no, mmabaawa a aka no nso ba bɛkaa sɛ: Owura, Owura, hini yɛn! Na ɔbuaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, menni mo. Enti monwɛn, na monnim da anaa dɔn ko no, (a Onipa Ba no reba.) Na ɛte sɛ onipa bi a ɔretu kwan akɔ baabi, na ɔfrɛɛ ɔno ara ne nkoa, na ɔde deɛ ɔwɔ hyɛɛ wɔn nsa. Na ɔmaa ɔbaako talente nnum, na ɔbaako mmienu, na ɔbaako nso baako, sɛdeɛ wɔn mu biara ahoɔden teɛ; na ɔtuu kwan. Na ntɛm ara deɛ ɔnyaa talente nnum no kɔe, de kɔyɛɛ adwuma na ɔnyaa ho talente nnum. Saa ara na deɛ ɔnyaa mmienu no nso kɔnyaa mmienu kaa ho. Na deɛ ɔnyaa baako no deɛ, ɔkɔ kɔtutuu fam, na ɔde ne wura no sika no sieeɛ. Na ɛkyɛreeɛ no, nkoa no wura no bae, na ɔne wɔn bɛbuu nkonta. Na deɛ ɔnyaa talente nnum no bae, de talente nnum kaa ho baa sɛ: Owura, talente nnum na wode hyɛɛ me nsa. Hwɛ, manya talente foforɔ nnum maka ho. Ne wura no see no sɛ: Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, woadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nnoɔma pii so; kɔ wo wura anigyeɛ mu! Na deɛ ɔnyaa talente mmienu no baa sɛ: Owura, talente mmienu na wode hyɛɛ me nsa. Hwɛ, manya talente foforɔ mmienu maka ho. Ne wura no see no sɛ: Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, wadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nnoɔma pii so; kɔ wo wura anigyeɛ mu! Na deɛ ɔnyaa talente baako no nso baa sɛ: Owura, menim wo sɛ woyɛ onipa a woyɛ den a wotwa faako a wonnuaeɛ, na woboaboa ano faako a womfa mpeteeɛ; enti mesuroe, na mede wo talente no mekɔsiee fam. Hwɛ, w’adeɛ ni! Ɛnna ne wura no bua see no sɛ: Akoa bɔne ne onihafoɔ, wonim sɛ metwa faako a mennuaeɛ, na meboaboa ano faako a memfa mempeteeɛ? Ɛnneɛ anka ɛsɛ sɛ wode me sika no kɔhyɛ sikasesafoɔ nsa, na meba a, mabɛgye m’adeɛ ne ɛho nsiho. Enti monnye ne nsam talente no, na momfa nkɔma deɛ ɔwɔ talente du no! Na obiara a ɔwɔ no, wɔbɛma no na wanya aboro so; na deɛ ɔnni bie no deɛ, deɛ ɔwɔ no mpo wɔbɛgye afiri ne nsam. Na akoa a ne ho nni mfasoɔ no, momfa no nkɔto no ntwene akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwerɛ wɔ. Na Onipa Ba no bɛba n’animuonyam mu a n’abɔfoɔ nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtena n’animuonyam ahennwa so. Na ɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim. Na ɔbɛpaepae wɔn mu sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ paepae nnwanten ne mmirekyie mu. Na ɔde nnwanten no bɛgyina ne nifa, na ɔde mmirekyie no agyina benkum. Ɛno na ɔhene no bɛse wɔn a wɔwɔ ne nifa no sɛ: Mo a m’Agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahennie a wɔasiesie ama mo firi wiase mfitiaseɛ no nni! Na ɛkɔm dee me, na momaa me biribi diiɛ, na sukɔm dee me, na momaa me nsuo nomee, meyɛɛ ɔhɔhoɔ, na mofaa me kɔɔ mo fie; medaa adagya, na mofiraa me ntoma, meyaree, na mobɛhwɛɛ me, medaa afiase, na mobaa me nkyɛn. Ɛnna nnipa tenenee no bɛbua no sɛ: Awurade, da bɛn na yɛhunuu wo sɛ ɛkɔm de woɔ, na yɛmaa wo aduane, anaasɛ sukɔm de woɔ, na yɛmaa wo nsuo nomeeɛ? Afei da bɛn na yɛhunuu wo sɛ woyɛ ɔhɔhoɔ na yɛfaa wo kɔɔ fie, anaasɛ woda adagya, na yɛfiraa wo ntoma? Afei da bɛn na yɛhunuu wo sɛ woyare, anaasɛ woda afiase, na yɛbaa wo nkyɛn? Na ɔhene bɛbua ase wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, sɛ moyɛ maa me nuanom nketewa yi mu baako yi, moyɛ maa me. Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, momfiri me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfoɔ no mu! Na ɛkɔm dee me, na moamma me biribi anni, sukɔm dee me, na moamma me biribi annom; meyɛɛ ɔhɔhoɔ, na moamfa me ankɔ mo fie, medaa adagya, na moamfira me ntoma; meyaree na medaa afiase, na moammɛhwɛ me. Ɛnna wɔn nso bɛbua sɛ: Awurade, da bɛn na yɛhunuu wo sɛ ɛkɔm de woɔ anaasɛ sukɔm de woɔ, anaasɛ woyɛ ɔhɔhoɔ, anaasɛ woda adagya, anaasɛ woyare, anaasɛ woda afiase, na yɛammɛsom woɔ? Ɛnna ɔbɛbua wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, sɛ moanyɛ amma nketewa yi mu baako yi, moanyɛ amma me. Na yeinom bɛfiri hɔ akɔ daa ahoyera mu; na nnipa tenenee no bɛkɔ daa nkwa mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛbaa sɛ Yesu wiee nsɛm yi nyinaa ka no, ɔsee n’asuafoɔ no sɛ: Monim sɛ aka nnanu na Twam da adu, na wɔbɛyi onipa ba no ama sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu. Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ kɔhyiaa ɔsɔfo panin a wɔfrɛ no Kaiafa aban mu, na wɔtuu agyina sɛ wɔnam nyansa so bɛkyere Yesu akum no. Nanso wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ afahyɛ no mu, na sakasaka amma ɔman no mu. Na Yesu wɔ Betania, Simon kwatani no fie no, ɔbaa bi a ɔkura ngo hwamhwam a ne boɔ yɛ den, sradehwan toa ma, baa ne nkyɛn. Na ɔte adidiiɛ no, ɔbɛhwie ngo no guu n’atifi. Na asuafoɔ no hunuiɛ no, anyɛ wɔn abodwo, na wɔkaa sɛ: Adesɛeɛ yi aseɛ ne sɛn? Anka wɔbɛtumi atɔn yei agye sika pii, na wɔde ama ahiafoɔ. Na Yesu hunuiɛ no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn na moreha ɔbaa no? Wayɛ me ho adwuma pa. Ahiafoɔ wɔ mo nkyɛn daa, na me deɛ, morennya me daa. Na sɛ wahwie ngo hwamhwam yi agu me nipadua soɔ yi, wayɛ ama me sie. Nokorɛ mese mo sɛ, wiase baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi no, wɔbɛka deɛ ɔbaa yi yɛeɛ nso de ayɛ no nkaeɛ. Ɛnna dummienu no mu baako a wɔfrɛ no Yuda Iskariot kɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn sɛ: Ɛdeɛn na mobɛma me na mayi no ahyɛ mo nsa? Na wɔkarii nnwetɛbena aduasa de maa no. Na ɛfiri saa berɛ no, ɔhwehwɛɛ sɛdeɛ ɔbɛnya kwan ayi no ama. Na Apiti da a ɛdi kan no, asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn sɛ: Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔsiesie ma woɔ na wokɔdi Twam (afahyɛ) no? Na ɔse: Monkɔ kuro no mu asomasi nkyɛn, na monkɔka nkyerɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ se: Me berɛ abɛn; wo nkyɛn na mene m’asuafoɔ rebɛdi Twam (afahyɛ) no. Na asuafoɔ no kɔyɛɛ sɛdeɛ Yesu hyɛɛ wɔn no, na wɔsiesiee Twam no. Na ɛduruu anwummerɛ no, ɔne asuafoɔ dummienu no bɛtenaa ase. Na wɔredidie no, ɔkaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mo mu baako rebɛyi me ama. Na wɔn werɛ hoo yie, na wɔfitii aseɛ sesee no mmaako mmaako sɛ: Awurade, ɛyɛ me anaa? Na ɔbuaa sɛ: Deɛ ɔne me to nsa ayowa mu no, ɔno ara na ɔbɛyi me ama. Onipa ba no rekɔ sɛdeɛ wɔatwerɛ ne ho deɛ, nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ ma no. Ɛnna Yuda a ɔyii no maeɛ no bisaa no sɛ: Rabi, ɛyɛ me anaa? Ɔbuaa no sɛ: Woaka. Na wɔredidie no, Yesu faa paanoo, na ɔhyiraa so bubuu mu de maa asuafoɔ no sɛ: Monnye nni; yei ne me honam. Na ɔfaa kuruwa, na ɔdaa aseɛ no, ɔde maa wɔn sɛ: Mo nyinaa monnom bi; na yei ne me mogya a ɛyɛ apam adeɛ a nnipa bebree nti wɔrehwie agu ama bɔne fakyɛ. Na mese mo sɛ, ɛfiri nnɛ merennom bobe yi bi bio, de bɛkɔ akɔsi da a me ne mo bɛnom no foforɔ m’agya ahennie mu. Na wɔtoo ayeyie dwom no, wɔfirii adi kɔɔ Ngo Bepɔ no so. Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Me ho bɛyɛ mo nyinaa suntidua anadwo yi. Na wɔatwerɛ sɛ: Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no, na ekuo no mu nnwan abɔ apete. Na me sɔreɛ akyiri no, mɛdi mo anim makɔ Galilea. Petro bua see no sɛ: Sɛ wo ho bɛyɛ wɔn nyinaa suntidua mpo a, me deɛ, ɛrenyɛ me suntidua da. Yesu see no sɛ: Nokorɛ mese wo sɛ, anadwo yi, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa. Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ ɛtwa sɛ me ne wo wu mpo a, merempa wo. Saa ara na asuafoɔ no nyinaa nso kaeɛ. Ɛnna Yesu ne wɔn duruu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane, na ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ: Montena ase ha, na menkɔ nohoa nkɔbɔ mpaeɛ ansa. Na ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu no kaa ne ho, na ne werɛ fitii aseɛ hoe, na ne ho yeraa no pa ara. Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Awerɛhoɔ ahyɛ me kra so de rekɔ owuo mu; montena ha na mo ne me nwɛn. Na ɔkɔɔ n’anim kakra de n’anim kɔbutuu fam bɔɔ mpaeɛ sɛ: M’agya, sɛ ɛbɛtumi a, ma kuruwa yi nsiane me ho nkɔ! Nanso ɛnyɛ sɛdeɛ mepɛ, na sɛdeɛ wopɛ. Na ɔbaa asuafoɔ no nkyɛn no, ɔbɛhunuu wɔn sɛ wɔadeda. Na ɔsee Petro sɛ: Moantumi ne me anwɛn dɔnhwere baako? Monwɛn na mommɔ mpaeɛ, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom pɛ deɛ, nanso honam no ɛyɛ mmerɛ. Ɔkɔɔ bio ne mprenu so kɔbɔɔ mpaeɛ sɛ: M’agya, sɛ yei rensiane me ho nkɔ na gye sɛ menom a, wo pɛ nyɛ hɔ. Na ɔbaeɛ no, ɔbɛhunuu wɔn sɛ wɔada bio; na wɔn ani kum. Na ɔgyaa wɔn hɔ kɔɔ bio kɔbɔɔ mpaeɛ ne mprɛnsa so kaa asɛnkorɔ no ara. Ɛnna ɔbaa asuafoɔ no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Afei deɛ, monna na monhome! Hwɛ, dɔn no aduru a wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa. Monsɔre mma yɛnkɔ! Hwɛ, deɛ ɔreyi me ama no abɛn! Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, Yuda a ɔyɛ dummienu no mu baako bae, na nkurɔfokuo bebree a wɔkurakura nkrantɛ ne mmaa firi asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ nkyɛn ka ne ho. Na deɛ ɔyii no maeɛ no ama wɔn nsɛnkyerɛnneɛ sɛ: Deɛ mɛfe n’ano no, ɔne no; monkye no! Na ntɛm ara ɔbaa Yesu nkyɛn sɛ: Rabi, mo! Na ɔfee n’ano. Na Yesu see no sɛ: Damfo, wobaa ha bɛyɛɛ dɛn? Ɛnna wɔbaeɛ de wɔn nsa bɛsɔɔ ne mu kyeree no. Na hwɛ, wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako tenee ne nsa twee nkrantɛ, na ɔde bɔɔ ɔsɔfo panin no akoa twaa n’aso. Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Fa wo nkrantɛ sane hyɛ deɛ ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrantɛ nyinaa, nkrantɛ ano na wɔbɛwuo. Anaasɛ wodwene sɛ anka merentumi mensrɛ m’Agya seesei na ɔnsoma abɔfoɔ asafodɔm bɛboro dummienu mmɛgyina me ho? Na ɛnneɛ ɛbɛyɛ dɛn na twerɛ nsɛm no bɛba mu sɛ, ɛtwa sɛ ɛyɛ saa? Ɛdɔn no mu ara na Yesu see nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Moaba sɛdeɛ moreba odwotwafoɔ so de nkrantɛ ne mmaa rebɛkye me? Metenaa asɔrefie mekyerɛkyerɛɛ daa, nanso moankye me. Na yei nyinaa aba, na deɛ adiyifoɔ no kaa no twerɛ nsɛm mu no aba mu. Ɛnna asuafoɔ no nyinaa gyaa no hɔ dwaneeɛ. Na wɔn a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ Ɔsɔfopanin Kaiafa hɔ, faako a Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no ahyia no. Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri kɔduruu ɔsɔfo panin no aban mu, na ɔkɔɔ mu ne asomfoɔ no kɔtenaa hɔ sɛ ɔrehwɛ asɛm no awieeɛ. Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne badwafoɔ no nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adansekurumu, na wɔanya no akum no, nanso woannya bi. Adansekurumfoɔ bebree bae deɛ, nanso wɔannya bi. Na akyire yi no, nnipa baanu bi baa sɛ: Oyi aka sɛ: Mɛtumi madwiri Nyankopɔn asɔredan, na masi no nnansa. Na ɔsɔfo panin no sɔre ka kyerɛɛ no sɛ: Wommua bi? Ɛdeɛn ho na yeinom redi adanseɛ tia woɔ yi? Na Yesu muaa n’ano. Na ɔsɔfo panin no ka kyerɛɛ no sɛ: Meka Onyankopɔn teasefoɔ no sɛ, sɛ wone Kristo no, Nyankopɔn ba no a, ka kyerɛ yɛn! Yesu see no sɛ: Woaka; nanso mese mo sɛ, ɛfiri nnɛ mobɛhunu Onipa ba no sɛ ɔte tumi no nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum soɔ. Ɛnna ɔsɔfo panin no sunsuanee n’atadeɛ mu sɛ: Waka abususɛm! Ɛdeɛn hia na ɛhia yɛn adansefoɔ bio? Hwɛ, afei deɛ moate n’abususɛm no! Modwene ho sɛn? Na wɔbuaa sɛ: Ɔsɛ wuo. Ɛnna wɔtee ntasuo guu n’anim na wɔbobɔɔ no akuturuku; ebinom nso bobɔɔ no asotorɔ sɛ: Kyerɛ yɛn, Kristo, hwan na ɔbɔɔ woɔ? Na Petro deɛ ɔte adihɔ hɔ. Na abaawa bi baa ne nkyɛn sɛ: Na wo nso wo ne Yesu Galileani no na ɛnam! Na ɔsanee wɔn nyinaa anim sɛ: Mennim deɛ woreka yi. Na ɔfiri adi kɔɔ ntwonoo mu no, abaawa foforɔ bi nso hunuu no, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no sɛ: Na oyi nso ne Yesu Nasareni no na ɛnam! Na ɔkaa ntam sanee bio sɛ: Mennim onipa no. Na ɛyɛɛ kakra no, wɔn a wɔgyina hɔ no ba bɛka kyerɛɛ Petro sɛ: Ampa ara, wo nso woka wɔn ho; wo kasa yi wo adi! Ɛnna ɔfitii aseɛ didii nse kekaa ntam sɛ: Mennim onipa no! Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔneeɛ. Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no sɛ: Akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa. Na ɔfiri adi kɔsuu yayaaya.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na adeɛ kyeeɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ no nyinaa ne ɔman no mu mpanimfoɔ no tuu ne ho agyina sɛ wɔbɛkum no. Na wɔkyekyeree no de no kɔ kɔhyɛɛ Amrado Pilato nsa. Ɛnna Yuda a ɔyii no maeɛ no hunuu sɛ wɔabu no fɔ no, ɔnuu ne ho, na ɔde nnwetɛbena aduasa no sane brɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no sɛ: Mayɛ bɔne sɛ mayi mogya a bɔne nni mu mama. Ɛnna wɔse: Ɛfa yɛn ho bɛn? Wo ara w’asɛm! Na ɔtoo nnwetɛbena no guu asɔredan mu, firii hɔ kɔe, na ɔkɔsɛnee ne mene. Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no faa nnwetɛbena no kaa sɛ: Ɛnni ho kwan sɛ wɔde gu ayɛyɛdeɛ adaka mu, ɛnam sɛ ɛyɛ mogya ano boɔ. Na wɔtuu agyina, na wɔde kɔtɔɔ ɔnwomfoɔ asase no, na wɔasie ahɔhoɔ wɔ mu. Enti wɔfrɛɛ asase no sɛ Mogya Asase de bɛsi nnɛ. Ɛnna deɛ Odiyifoɔ Yeremia kaeɛ no baa mu sɛ: Na megyee nnwetɛbena aduasa a ɛyɛ deɛ wɔbɔɔ ne boɔ, tɔɔ no firii Israel mma nsam no tiri adeɛ no de kɔtɔɔ ɔnwomfoɔ asase, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ me no. Na Yesu bɛgyinaa amrado no anim. Na amrado no bisaa no sɛ: Wone Yudafoɔ hene no anaa? Na Yesu kaa sɛ: Wo na woaka. Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no retoto n’ano no, wammua bi. Ɛnna Pilato bisaa no sɛ: Wonte nsɛm pii a wɔreka gu wo soɔ yi? Na wammua no asɛm baako mpo ho, maa no yɛɛ amrado no nwanwa yie. Na daa, afahyɛ no mu, amrado gyaa ɔdeduani baako a nkurɔfokuo no pɛ no no ma wɔn. Nso ɛberɛ no mu na ɔwɔ ɔdeduani bi a wagye din a wɔfrɛ no Baraba. Enti wɔhyiaeɛ no, Pilato see wɔn sɛ: Hwan na mopɛ sɛ megyaa no mema mo? Baraba anaa Yesu a wɔfrɛ no Kristo no? Na ɔnim sɛ nitan nti na wɔyii no maeɛ. Na ɔte atemmuo adwa soɔ no, ne yere soma baa ne nkyɛn sɛ: Mma asɛm bi mmma wo ne onipa tenenee no ntam; na ne nti mahunu amane pii ɔdaeɛ mu nnɛ. Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no tuu nkurɔfoɔ akuakuo no aso sɛ wɔnsrɛ Baraba, na wɔnkum Yesu. Bio, amrado no bisaa wɔn sɛ: Wɔn mmienu yi mu hwan na mopɛ sɛ megyaa no mema mo? Na wɔkaa sɛ: Baraba. Pilato see wɔn sɛ: Ɛnneɛ ɛdeɛn na menyɛ Yesu a wɔfrɛ no Kristo no? Wɔn nyinaa kaa sɛ: Ma wɔmmɔ no asɛnnua mu! Ɛnna ɔse: Adɛn, bɔne bɛn na wayɛ? Na wɔteateaa mu dendeenden sɛ: Ma wɔmmɔ no asɛnnua mu! Na Pilato hunuu sɛ ɔntumi nyɛ ho hwee na mmom sakasaka reba no, ɔfaa nsuo hohoroo ne nsa nkurɔfokuo no anim kaa sɛ: Medi bem wɔ onipa tenenee yi mogya ho; mo ara monhwɛ. Na ɔman mu no nyinaa buaa sɛ: Ne mogya mmra yɛn ne yɛn mma tiri so. Ɛnna ɔgyaee Baraba maa wɔn; na ɔhwee Yesu mpire no, ɔyii no maa sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu. Ɛnna amrado no asraafoɔ de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, na wɔmaa asraafoɔkuo no nyinaa bɛhyiaa n’anim. Na wɔyii n’atadeɛ na wɔde akatakɔnmu kɔkɔɔ bi guu ne so, na wɔde nkasɛɛ nwonoo abotire hyɛɛ ne ti, na wɔde demmire hyɛɛ ne nsa nifa mu, na wɔbuu nkotodwe n’anim goroo ne ho sɛ: Yudafoɔ hene, mo oo! Na wɔtoo ntasuo guu ne so, gyee demmire no, na wɔde paee n’apampam. Na wɔwiee ne ho agorɔ die no, wɔyii akatakɔnmu no firii ne ho, na wɔde ɔno ara n’atadeɛ hyɛɛ no, na wɔde no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu. Na wɔrefiri adie no, wɔhunuu Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon; ɔno na wɔhyɛɛ no maa no soaa n’asɛnnua no. Na wɔkɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota (a aseɛ ne ne tikwankoraa bea), wɔmaa no nsa kekakeka a wɔde bɔnwono afra mu sɛ ɔnnom; na ɔkaa n’ano no, wampɛ sɛ ɔnom. Na wɔbɔɔ no asɛnnua mu no, wɔtwee ntonto kyɛɛ ne ntadeɛ (na ama deɛ wɔnam odiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ, wɔkyɛɛ me ntadeɛ mu maa wɔn ho, na wɔtwee ntonto wɔ me ntadeɛ so). Na wɔtenatenaa ase hɔ wɛnn no. Na wɔde n’afodisɛm a wɔatwerɛ no fam n’atifi sɛ: Yesu Yudafoɔ hene no ni! Ɛnna wɔbɔɔ adwotwafoɔ baanu asɛnnua mu kaa ne ho, ɔbaako wɔ nifa, na ɔbaako wɔ benkum. Na wɔn a wɔretwam no wosoo wɔn ti, kekaa abususɛm tiaa no sɛ: Wo a wodwiri asɔredan, na wode nnansa sie, gye wo ho ɛ! Sɛ Nyankopɔn ba ne wo a, firi asɛnnua no ho si fam! Saa ara nso na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no goroo ne ho sɛ: Ɔgyee ebinom na ɔntumi nnye ne ho. Sɛ ɔno ne Israel hene a, ma no mfiri asɛnnua no ho nsi fam, na yɛbɛgye no adi. Aane, ɔde ne ho ato Nyankopɔn so, sɛ ɔpɛ a, ma no nye no ɛ; ɛfiri sɛ, ɔkaa sɛ: Nyankopɔn ba ne me! Saa ara na adwotwafoɔ a wɔbɔɔ wɔn ne no asɛnnua mu no nso didii no atɛm. Na ɛfiri bɛyɛ awia dummienu berɛ no, esum duruu asase nyinaa so kɔsii awia nnɔnmmiɛnsa. Na ɛbɛyɛ sɛ nnɔnmmiɛnsa no, Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Eli, Eli, lama sabaktani? Ɛne sɛ: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagya me? Na wɔn a wɔgyina hɔ no mu bi teeɛ no, wɔkaa sɛ: Ɔrefrɛ Elia. Na ntɛm ara, wɔn mu baako tuu mmirika kɔfaa sapɔ de bɔɔ nsa kekakeka bi mu, na ɔde tuaa demmire ano de maa no nomee. Na wɔn a aka no kaa sɛ: Gyae, na yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛgye no anaa? Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu bio no, ɔgyae ne honhom mu. Na hwɛ, ntoma a ɛtwa asɔredan no mu tee mmienu firi soro de bɛsii fam, na asase wosoe, na abotan paepaeɛ. Na aboda buebuee, na nnipa kronkron a wɔawuwuo no amu bebree nyanenyanee, na ne nyane akyiri no, wɔfiri wɔn aboda mu kɔɔ kuro kronkron no mu kɔyiyii wɔn ho adi kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree. Na asraafoɔ ha so panin ne wɔn a wɔka ne ho rewɛn Yesu no hunuu asasewosoɔ ne nnoɔma a ɛsisiiɛ no, wɔsuroo pii, kaa sɛ: Ampa ara, Onyankopɔn ba nie! Na mmaa bebree wɔ hɔ a wɔgyina akyirikyiri rehwɛ; wɔn na wɔdii Yesu akyi firii Galilea somm no; na Maria Magdalene ne Maria, Yakobo ne Yosef na, ne Sebedeo mma no na ka wɔn ho. Na ɛduruu anwummerɛ no, ɔdefoɔ bi a ɔfiri Arimatea a wɔfrɛ no Yosef a ɔno nso yɛ Yesu suani baeɛ; ɔno na ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no. Ɛnna Pilato hyɛɛ sɛ wɔmfa amu no mma no. Na Yosef faa amu no de nwera a ani teɛ kyekyeree ho. Na ɔde kɔtoo ɔno ara ne da foforɔ a watwa no abotan mu mu, na ɔpiree ɔboɔ kakraka bi hinii ɛda no ano, na ɔfirii hɔ kɔeɛ. Na Maria Magdalene ne Maria baako no wɔ hɔ tete ɛda no ntentensoɔ. Na adeɛ kyeeɛ a ɛyɛ da a ɛdi ahosiesie da no akyiri no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ bɛhyiaa Pilato nkyɛn sɛ: Owura, yɛkae sɛ ɔdaadaafoɔ no te aseɛ no, ɔkaa sɛ: Nnansa akyiri mɛnyane. Enti ma wɔnkɔwɛn ɛda no yie nkɔduru da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na asuafoɔ no ammɛwia no, na wɔanka ankyerɛ ɔman no sɛ: Wanyane afiri awufoɔ mu; na anka akyire yi nnaadaa bɛkyɛne kane deɛ no. Pilato see wɔn sɛ: Monnye awɛmfoɔ nkɔ nkɔwɛn sɛdeɛ mobɛtumi. Na wɔkɔ kɔsɔɔ ɔboɔ no ano maa awɛmfoɔ no wɛnee ɛda no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na homeda no twaa mu no, da a ɛdi nnawɔtwe kan no ahemadakye, Maria Magdalene ne Maria baako no baa sɛ wɔrebɛhwɛ ɛda no. Na hwɛ, asase wosoo kɛseɛ pa ara; na Awurade bɔfoɔ firi soro siane bae, bɛmunii ɛboɔ no firii ɛda no ano, na ɔtenaa so. Na ne ho te sɛ anyinam na n’atadeɛ hoa sɛ asukɔtweaa. Na ne ho hu nti, awɛmfoɔ no ho popoe, na wɔyɛɛ sɛ awufoɔ. Na ɔbɔfoɔ no bua see mmaa no sɛ: Mo deɛ, monnsuro! Na menim sɛ morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Ɔnni ha; na wanyane sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Mommra mmɛhwɛ faako a na ɔda! Na monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafoɔ sɛ wanyane afiri awufoɔ mu. Na hwɛ, ɔredi mo anim kan akɔ Galilea; ɛhɔ na mobɛhu no; hwɛ, maka akyerɛ mo. Na wɔfirii ɛda no ho ntɛm ara de ehu ne anigyeɛ kɛseɛ tutuu mmirika sɛ wɔrekɔka akyerɛ n’asuafoɔ no. Na hwɛ, Yesu hyiaa wɔn kaa sɛ: Mema mo amo! Na wɔba bɛsosɔɔ ne nan koto sɔree no. Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Monnsuro; monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom sɛ wɔnkɔ Galilea, na ɛhɔ na wɔbɛhu me. Na wɔrekorɔ no, hwɛ, awɛmfoɔ no mu binom baa kuro no mu bɛkaa deɛ ɛsiiɛ nyinaa kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ no. Na wɔne mpanimfoɔ no hyiaeɛ na wɔtuu agyina no, wɔmaa asraafoɔ no sika bebree kaa sɛ: Monka sɛ: Anadwo a yɛdaeɛ no, na n’asuafoɔ ba bɛwiaa no. Na sɛ yei duru amrado aso mu a, yɛbɛkyerɛ no mu, na mo ho anka mu. Na wɔgyee sika no kɔyɛɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn no. Na asɛm yi atrɛ Yudafoɔ mu de abɛsi nnɛ. Na asuafoɔ dubaako no sii mu kɔɔ Galilea, bepɔ a Yesu kyerɛɛ wɔn no so. Na wɔhunuu no no, wɔkoto sɔree no; na ebinom gyee akyinnyeɛ. Na Yesu ba bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafoɔ, na mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ, sɛdeɛ nkwa a ɛwɔ Kristo Yesu mu bɔhyɛ no teɛ no, de kɔma ne dɔba Timoteo: Adom, mmɔborɔhunu, asomdwoeɛ mfiri Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu hɔ nka wo! Meda Onyankopɔn a mefiri ahonim pa mu mesom no sɛ m’agyanom no ase sɛ mekae mo daa wɔ me mpaebɔ mu awia ne anadwo, na mekae wo nisuo a, ɛma m’ani gyina sɛ mɛhu woɔ, na anigyeɛ ayɛ me ma, na ɛma mekae wo gyidie a nkontompo nni mu a kane na ɛwɔ wo nana Lois ne wo na Eunike mu, na megye medi sɛ ɛwɔ wo nso wo mu no. Ɛno nti merekae wo sɛ: Nyane Nyankopɔn adom akyɛdeɛ a ɛnam me nsa a mede meguu wo soɔ no a ɛwɔ wo mu no so ka sɔ ano bio; ɛfiri sɛ Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom, na mmom ahoɔden ne ɔdɔ ne adwenemuteɛ deɛ. Enti mma w’ani nnwu yɛn Awurade adansedie ne me a meyɛ ne deduani no ho, na mmom hunu asɛmpa no ho amane bi, sɛdeɛ Nyankopɔn ahoɔden teɛ no. Ɔno na wagye yɛn, na ɔde ɔfrɛ kronkron afrɛ yɛn, ɛnyɛ yɛn nnwuma nti, na mmom ne tirim agyina ne adom a wɔde adom yɛn Kristo Yesu mu firi teteete na afei wɔnam yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ahoyie so ayi no adie no ho. Ɔno na wayi owuo hɔ, na ɔnam asɛmpa no so ayi nkwa ne adeɛ a ɛmporɔ adi fann. Ɛno na wɔabɔ din ahyɛ me ɔsɛnkafoɔ ne ɔsomafoɔ ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ. Ɛno ara nti na mehunu amaneɛ yi nso, nanso m’ani nwu ho; ɛfiri sɛ menim onii ko a magye no madie, na megye medi pa ara sɛ ɔbɛtumi ahwɛ deɛ wɔde ahyɛ me nsa no so asie da no. Sɔ nsɛm pa a ɛyɛ a wotee no me nkyɛn no nhwɛsoɔ no mu yie, gyidie ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu. Adepa a wɔde ahyɛ wo nsa no, fa Honhom Kronkron a ɔte yɛn mu no so hwɛ so. Wonim yei, sɛ wɔn a wɔwɔ Asia nyinaa adane afiri me nkyɛn, wɔn mu bi ne Figelo, ne Hermogene. Awurade nhunu Onesiforo fie mmɔbɔ, ɛfiri sɛ ɔmaa me ho dwoo me, na n’ani anwu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ho. Na ɔbaa Roma no, ɔbɔɔ mmɔden hwehwɛɛ me, na ɔhunuu me. Awurade mma no nnya Awurade hɔ mmɔborɔhunu ɛda no! Na som a ɔsomm wɔ Efeso no, wo ara wonim yie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Afei wo, me ba, yɛ den adom a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu! Na deɛ wote firii m’anomu, adansefoɔ bebree anim no, ɛno ara na fa hyɛ nnipa anokwafoɔ a wɔbɛtumi akyerɛkyerɛ ebinom nso nsa. Na wo nso, mia w’ani hunu amane sɛ Kristo Yesu sraani pa. Obi nkɔ ɔsa mfa daadaa asetena mu nsɛm mmarebare ne ho, na wasɔ ɔsahene ani. Na sɛ obi si akan nso a, wɔmmɔ no nkonim abotire, gye sɛ wasi no sɛdeɛ ɛho mmara teɛ. Okuafoɔ a ɔyɛ adwuma na ɛsɛ sɛ ɔnya mu aba no bi kane. Hunu deɛ meseɛ yi, na Awurade bɛma wo ade nyinaa mu nteaseɛ. Kae Yesu Kristo a ɔsɔre firii awufoɔ mu a ɔfiri Dawid aseɛ, sɛdeɛ m’asɛmpa no teɛ no. Ɛno mu na mehunu amane bɛduru ɔkyerɛ mu sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ, nanso Nyankopɔn asɛm deɛ, wɔnkyeree no. Yei nti meto me bo ase amaneɛ nyinaa mu, wɔn a wɔayi wɔn no nti, na wɔn nso anya nkwagyeɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ne daa animuonyam. Nokwasɛm nie: Sɛ yɛne no awu a, yɛne no bɛtena ase nso. Sɛ yɛgyina pintinn a, yɛne no bɛdi hene. Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn. Sɛ yɛnyɛ anokwafoɔ a, ɔno deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ ara, ɛfiri sɛ ɔntumi mpa ne ho akyi. Yeinom na kae wɔn, na di wɔn adanseɛ Nyankopɔn anim, na wɔannye nsɛm ho akyinnyeɛ hunu a mfasoɔ biara nni so, a ɛsɛe atiefoɔ adwene. Bɔ mmɔden gyina Nyankopɔn anim sɛdeɛ ɔfata, sɛ odwumayɛni a ɛnni sɛ ɔfɛreɛ, na ɔpɛɛpɛɛ nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ. Na nsɛnhuhuo a ɛho nteɛ no deɛ, yi wo ho firi ho, na wɔbɛkɔ wɔn anim ara mmusubɔ mu, na wɔn asɛm bɛyerɛ sɛ yare bɔne; na wɔn mu bi ne Himeneo ne Fileto a wɔapae afiri nokorɛ no ho reka sɛ owusɔreɛ atwam, na wɔdane binom gyidie butuo. Nanso Nyankopɔn nnyinasoɔ tim hɔ pintinn kura nsɔano yi: Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne deɛ; ɛne: Ma obiara a ɔbɔ Awurade din ntwe ne ho mfiri deɛ ɛntene ho. Na efie kɛseɛ mu nni sika ne dwetɛ nnoɔma nko, na nnua ne dɔteɛ deɛ nso wɔ mu bi, na wɔbu bi, na ebi nso yɛ deɛ wɔmmuo. Na sɛ obi te ne ho firi yeinom ho a, ɔbɛyɛ adeɛ a wɔbuo, na wɔate ho a, owura no de yɛ biribi a, ɛyɛ yie, na wɔasiesie de reyɛ adwuma pa biara. Dwane firi mmabunuberɛ mu akɔnnɔ ho, na di tenenee, gyidie, ɔdɔ ne asomdwoeɛ a ɛka wo ne wɔn a wɔfiri akoma a emu teɛ mu frɛ Awurade bɔ mu no akyi. Na nkwasea akyinnyegyeɛ a wɔmfa nsua hwee no deɛ, gu, ɛfiri sɛ wonim sɛ, ɛde ntɔkwa ba. Na ɛnsɛ Awurade akoa bi sɛ ɔyɛ ntɔkwapɛfoɔ, na mmom ɛsɛ sɛ ɔdwo ma nnipa nyinaa, ɔhunu nkyerɛkyerɛ, ɔto ne bo ase bɔne ho, na ɔde ɔdwoɔ kasa kyerɛ wɔn a wɔne no di asie wɔ nsɛm mu, sɛ ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakyera akɔ nokorɛ no hunu mu, na wɔn ani so atete afiri ɔbonsam a wakyere wɔn sɛ wɔnyɛ deɛ ɔpɛ no afidie mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na hunu yei sɛ, nna a ɛdi akyire mu no, mmerɛ a emu yɛ den bɛba. Ɛfiri sɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfoɔ, sikapɛfoɔ, ahohoahoafoɔ, ahantanfoɔ, abususɛnkafoɔ, awofoɔ asɛm ho asoɔdenfoɔ, bonniayɛfoɔ, wɔn a biribiara ho nte mma wɔn, wɔn a wɔnni tema, apamsɛefoɔ, nsekubɔfoɔ, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ soɔ, wɔn a wɔyɛ werɛmfoɔ, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafoɔ, akakabenfoɔ, wɔn a wɔhoran, wɔn a wɔdɔ anigyedeɛ sene Onyankopɔn, wɔkekare wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dane wo ho firi wɔn ho! Na yeinom mu bi ne wɔn a wɔnam aseɛ hyɛnehyɛne afie mu, na wɔfa mmaa adwenemharefoɔ a bɔne adɔre ahyɛ wɔn soɔ, a akɔnnɔ ahodoɔ keka wɔn no nnommum, wɔn a wɔsua daa, nanso wɔntumi nhunu nokorɛ no da. Na sɛdeɛ Yane ne Yambrɛ ne Mose dii asie no, saa ara na yeinom nso ne nokorɛ no di asie. Wɔyɛ nnipa a wɔn adwene asɛeɛ; wɔmfra wɔ gyidie fam. Nso wɔrenkɔ wɔn anim pii biara, na wɔn gyimi bɛda adi nnipa nyinaa anim, sɛdeɛ wɔn deɛ no nso yɛeɛ no. Na wo deɛ, woadi me nkyerɛkyerɛ, me bra, me tirimbɔ, me gyidie, m’abodwokyɛre, me dɔ, me boasetɔ, me taa a wɔanya me ntaaeɛ, m’amanehunu a ɛbaa me so Antiokia, Ikonium ne Listra no akyi. Saa ɔtaa yi na megyinaa mu, na Awurade gyee me firii ne nyinaa mu. Na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn. Na nnipa bɔne asisifoɔ bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa na wɔdaadaa wɔn. Na wo deɛ, tena deɛ woasua no na woahunu afiri nokorɛ no mu. Wonim onii ko a wosua firii ne nkyɛn no, na wofiri wo mmɔfraase nim atwerɛ kronkron no a ɛbɛtumi ama woahunu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidie soɔ akɔ nkwagyeɛ mu. Atwerɛ nyinaa firi Nyankopɔn home mu, na ɛyɛ ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyie, atenetene ne tenenee mu nteteeɛ. Na Nyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Afei mehyɛ wo Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔbɛbu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn n’ahoyie ne n’ahennie mu no anim. Pae mu ka asɛm no, gyina mu ɛberɛ a ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ mu, yi atɛn, ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne nkyerɛkyerɛ nyinaa mu. Na ɛberɛ bi bɛba a wɔrentie nkyerɛkyerɛ pa a ɛyɛ no. Na ɛnam sɛ wɔn aso mu yɛ wɔn hene nti, wɔbɛsoa akyerɛkyerɛfoɔ aboa so, sɛdeɛ wɔn ara wɔn akɔnnɔ teɛ. Na wɔbɛyi wɔn aso afiri nokorɛ ho, na wɔadane akɔtie anansesɛm. Na wo deɛ, ma w’ani nna hɔ wɔ adeɛ nyinaa mu, mia w’ani hunu amane, yɛ ɔsɛmpakafoɔ adwuma, wie wo som no koraa. Na me deɛ, wɔanya rehwie me agu sɛ ahwiesa, na me berɛ a mede bɛsɔre ha ahi. Ɔko pa no, mako; mmirika no, mawie tu; gyidie no, makora. Deɛ aka a ɛda me hɔ ne tenenee abotire a Awurade, ɔtemmufoɔ tenenee no de bɛma me Ɛda no, na ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wɔdɔ n’ahoyie no nyinaa nso bi. Bɔ mmɔden bra me nkyɛn ntɛm! Ɛfiri sɛ Dema apɛ seesei wiase agya me hɔ, na wasim kɔ Tesalonika, Kreske kɔ Galatia, Tito kɔ Dalmatia. Luka nko na ɔne me wɔ ha. Fa Marko ka wo ho bra, na ɔyɛ ma me ɔsom mu. Tihiko deɛ, masoma no Efeso. Sɛ woreba a, fa me batakari a megyaa no Karpo nkyɛn wɔ Troa ne nwoma no brɛ me, ne titire no kokwanwoma no. Aleksandro, kɔbere dwumfoɔ no, yɛɛ me bɔne pii. Awurade bɛtua no ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ. Ɔno na wo nso hwɛ wo ho yie wɔ ne ho; ɛfiri sɛ ɔsii yɛn nsɛm ano kwan bebree. Me nyiano a ɛdi kan no mu, obiara ammɛgyina m’akyi, na wɔn nyinaa gyaa me hɔ; wɔmmmu nngu wɔn so. Na Awurade gyinaa m’akyi, na ɔhyɛɛ me den, na wɔafa me so awie asɛnka no, na amanaman mufoɔ nyinaa ate; na wɔyii me firii gyata anomu. Na Awurade bɛyi me afiri bɔne nyinaa mu, na wagye me akɔ ne soro ahennie no mu; ɔno na animuonyam wɔ no mmerɛ santen mfesanten. Amen. Mekyea Priska ne Akwila ne Onesiforo fiefoɔ! Erasto kaa Korinto, na megyaa Trofimo wɔ Mileto a na ɔyare. Bɔ mmɔden bra ansa na awɔ berɛ aba. Eubulo ne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom nyinaa kyeakyea wo. Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka wo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yakobo, Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, kyea mmusuakuo dummienu a wɔahweteɛ no. Me nuanom, sɛ mohwe sɔhwɛ ahodoɔ bebree mu a, mommu no anigyeɛ koraa, na monhunu sɛ mo gyidie no sɔhwɛ yɛ boasetɔ ho adwuma. Na momma boasetɔ no nwie n’adwumayɛ pɛ, na moayɛ pɛ a ɛnkaa mo biribiara ara. Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma no mmisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa adeɛ kwa na ahohora nni mu no, na wɔde bɛma no. Na gyidie mu na ma no mmisa, na ɔnnnye biribiara ho kyim, ɛfiri sɛ deɛ ɔgye kyim no te sɛ ɛpo asorɔkyeɛ a mframa rebɔ de no redi akɔneaba. Na mma saa onipa no nnsusu sɛ ɔbɛnya Awurade hɔ biribiara. Ɛfiri sɛ, onipa a n’adwene yɛ no ntanta no hinhim n’akwan nyinaa mu. Na ma onua a wɔabrɛ aseɛ nhoahoa ne ho, sɛ wɔrema ne soɔ no mu, na ɔdefoɔ nso deɛ, sɛ wɔrebrɛ no aseɛ no mu, ɛfiri sɛ ɔbɛsene akɔ sɛ wiram nhwiren. Na owia de ne hyehyeɛ firi, na ɛhye wira no a, na ne nhwiren apo, na n’ahoɔfɛ asɛe; saa ara na ɔdefoɔ nso bɛkusa wɔ n’akwan soɔ. Nhyira ne onipa a ɔto ne bo ase wɔ sɔhwɛ mu. Na sɛ ɔnya firi mu fi tɔtorɔtɔɔ a, ɔbɛnya nkwa abotire a Awurade de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no no bɔ. Sɛ wɔsɔ obi hwɛ a, mma no nnka sɛ: Onyankopɔn na ɔsɔ me hwɛ. Ɛfiri sɛ bɔne bi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ. Na wɔsɔ obiara hwɛ a, na ɛyɛ ɔno ara n’akɔnnɔ, a ɛgyegye na ɛdaadaa no na ɛsɔ no hwɛ; na akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no wie nyini a, ɛwo owuo. Me nuanom adɔfo, mommma wɔnnnaadaa mo. Akyɛdeɛ pa nyinaa ne akyɛdeɛ a ɛyɛ pɛ nyinaa firi soro, ɛfiri hann Agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakyeraeɛ ne adaneadane sunsum nni ne mu. Ɔnam ɔno ara ne pɛ so na ɔde ne nokwasɛm woo yɛn, sɛ yɛnyɛ n’abɔdeɛ no mu adekan bi. Me nuanom adɔfo, monhunu yei sɛ: Nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa, na wɔnyɛ nyaa mfa abufuo; ɛfiri sɛ onipa abufuo nyɛ Nyankopɔn tenenee mu adeɛ. Enti monyi efi ne bɔne nyinaa nto ntwene, na momfa ɔdwoɔ nnye asɛm a wɔatɛ no mo mu a ɛbɛtumi agye mo kra no. Na monyɛ asɛm no yɛfoɔ, na monnyɛ atiefoɔ nko ara nnaadaa mo ho. Na sɛ obi yɛ asɛm no tiefoɔ na ɔnyɛ ɔyɛfoɔ a, ɔte sɛ onipa a ɔhwɛ n’anim suban ahwehwɛ mu. Na ɔhwɛ ne ho na ɔkɔ, na ntɛm ara na ne werɛ afiri su ko a ɔkura. Na deɛ ɔkoto hwɛ adehyedie mmara a ɛdi mu no mu, na ɔtena mu, na ɔnyɛ otiefoɔ werɛfirifoɔ, na mmom ɔyɛ adwuma no yɛfoɔ no, onii no na wɔbɛhyira no n’adeyɛ no mu. Sɛ obi susu sɛ ɔyɛ onyamesomni, na wanto ne tɛkyerɛma nnareka, na mmom ɔdaadaa n’akoma a, saa onipa yi nyamesom yɛ ɔkwa. Onyamesom a ɛho teɛ na ɛho nni fi wɔ Agya Nyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nnyanka ne akunafoɔ wɔ wɔn ahohiahia mu, na ɔyi ne ho firi wiase nkekaeɛ mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Me nuanom, mommma nnipa animhwɛ ne yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ animuonyam wura no gyidie nnni afra. Na sɛ onipa a ɔhyɛ sika mpɛtea ne atadeɛ fɛfɛ ba mo hyiadan mu, na ohiani nso de atadeɛ tantan ba hɔ, na mohwɛ deɛ ɔhyɛ atadeɛ fɛfɛ no, na moka sɛ: Wo deɛ, tena deɛ ɛyɛ ha! na moka kyerɛ ohiani no sɛ: Wo deɛ, gyina nohoa anaasɛ tena me nan ase adwa ho ha! a, ɛno ɛnyɛ paeɛ na mopaepae mo mu, na moayɛ adwemmɔne atemmufoɔ? Me nuanom adɔfo, montie! Onyankopɔn nyii wiase ahiafoɔ sɛ wɔnyɛ gyidie mu ahonyafoɔ ne ahennie a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no adedifoɔ anaa? Na mo deɛ, moabu ohiani no animtia. Ɛnyɛ adefoɔ no na wɔhyɛ mo soɔ, na wɔn ara twe mo kɔ asɛnniiɛ anaa? Ɛnyɛ wɔn ara na wɔka din pa a wɔde frɛ mo no ho nsɛmmɔne? Enti sɛ mohyɛ adehyeɛ mmara no ma, sɛdeɛ atwerɛ no ka sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho, no a, moyɛ no yie. Na sɛ mohwɛ anim yiyi nnipa mu a, moyɛ bɔne, na mmara no yi mo atɛn sɛ mmaratofoɔ. Na deɛ ɔbɛdi mmara no soɔ na ɔbɛto baako mpo no, na wadi ne nyinaa ho fɔ. Ɛfiri sɛ deɛ ɔkaa sɛ: Nsɛe awadeɛ no, ɔkaa nso sɛ: Nni awu! Na sɛ wonsɛe awadeɛ na wodi awu a, na woayɛ mmara no tofoɔ. Monka saa na monyɛ saa, sɛ wɔn a wɔnam adehyedie mmara no so rebɛbu wɔn atɛn no. Na mmɔborɔhunu nni atemmuo mu ma deɛ wanhunu mmɔborɔ, na mmɔborɔhunu hoahoa ne ho di atemmuo so nkonim. Me nuanom, sɛ obi ka sɛ ɔwɔ gyidie, nanso ɔnni nnwuma a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ mu? Gyidie bɛtumi agye no anaa? Na sɛ onuabarima anaa onuabaa da adagya, na daa aduane abɔ wɔn, na mo mu bi ka kyerɛ wɔn sɛ: Momfa asomdwoeɛ nkɔ, mo ho nyɛ mo hye na mommee, nanso moamma wɔn deɛ ɛhia honam a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ mu? Sɛ gyidie nso teɛ ne no. Sɛ ɛnni nnwuma a, na awu wɔ ne nko ara fam. Na ebia obi bɛka sɛ: Wowɔ gyidie, na me nso mewɔ nnwuma. Kyerɛ me wo gyidie a nnwuma nni mu no, na me nso mede me nnwuma bɛkyerɛ wo me gyidie. Wogye di sɛ Onyankopɔn yɛ baako. Woyɛ no yie; ahonhommɔne nso gye di, na wɔn ho popo. Na wo, onipa hunu, wopɛ sɛ wɔkyerɛ wo sɛ gyidie a adwuma nni ho awu anaa? Ɛnyɛ nnwuma mu na wɔfiri buu yɛn agya Abraham bem sɛ ɔde ne ba Isak kɔɔ afɔrebukyia soɔ no? Woahunu sɛ ne gyidie ne ne nnwuma na ɛyɛɛ adeɛ, na ɛfiri nnwuma no mu na gyidie no wiee pɛyɛ, na atwerɛ a ɛse: Abraham gyee Onyankopɔn dii, na wɔbuu ɛno tenenee maa no, na wɔfrɛɛ no Nyankopɔn adamfo no baa mu. Mohunu sɛ ɛfiri nnwuma mu na wɔbu onipa bem, na ɛmfiri gyidie nko ara mu. Saa ara nso na ɛnyɛ nnwuma mu na wɔfiri buu odwamamfoɔ Rahab bem, sɛ ɔgyee abɔfoɔ no na ɔmaa wɔfaa kwan foforɔ so kɔeɛ no anaa? Na sɛdeɛ nipadua a honhom nni mu awuo no, saa ara nso na gyidie a nnwuma nni mu awuo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Me nuanom, mommma mo mu bebree nnyɛ akyerɛkyerɛfoɔ, na monim sɛ yɛbɛnya afobuo kɛseɛ mmom. Ɛfiri sɛ yɛn nyinaa fom wɔ nnoɔma bebree mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a ɔwie pɛyɛ a ɔbɛtumi ato nipadua nyinaa nnareka adi soɔ. Yɛde nnareka to apɔnkɔ ano mu sɛ wɔntie yɛn, na yɛdanedane wɔn kɔ faako a yɛpɛ. Hwɛ, ɛhyɛn nso a ɛsoso sɛɛ, na mframa a emu yɛ den pia no, wɔde dua akyerɛkyerɛkwan ketewa bi na ɛdanedane no kɔ baabiara a hyɛn kwankyerɛfoɔ no pɛ. Saa ara na tɛkyerɛma nso yɛ ɔhonam akwaa mu ade ketewa, nanso ɔhoahoa ne ho ade kɛseɛ ho. Ogya ketewa nso, monhwɛ kwaeɛ kɛseɛ a ɛbɛtumi asɔ! Na tɛkyerɛma nso yɛ ogya. Tɛkyerɛma yɛ wiase bi wɔ yɛn akwaa mu a ɛyɛ deɛ ɛntene. Ɛde nkekaeɛ keka nipadua nyinaa, na ɛsɔ nkwa nkyimiiɛ a ɛtwa ne ho firi awoɔ mu no, na ɛfiri amanehunu kuro no mu na wɔasɔ ano. Na ntɔteboa ne ntakraboa ne mmoa a wɔwea ne mmoa a ɛwɔ po mu su nyinaa, nnipa de wɔn su dwodwo wɔn, na wɔadwodwo wɔn. Na tɛkyerɛma deɛ, onipa biara ntumi nnwodwo no, ɛyɛ adebɔne a ɛyɛ werɛmfoɔ a awuduro ayɛ no ma. Ɛno na yɛde hyira Awurade ne Agya no, ɛno ara nso na yɛde dome nnipa a wɔayɛ wɔn Nyankopɔn suban soɔ. Ano korɔ no ara mu na nhyira ne nnome fire. Me nuanom, ɛnsɛ sɛ yeinom ba saa! Asutire bi firi nsu dɛdɛ ne nwononwono wɔ ani korɔ mu anaa? Me nuanom, borɔdɔma bɛtumi aso ngo dua aba anaa? Anaasɛ obobe bɛtumi aso borɔdɔma? Saa ara nso na asutire nkyenenkyene rentumi mma nsu pa. Mo mu hwan na ɔyɛ nyansafoɔ ne nimdefoɔ? Ma no mfa ɔbra pa nkyerɛ ne nnwuma wɔ ɔdwoɔ a nyansa wɔ mu mu. Na sɛ mowɔ nitanmmɔne ne mansotwe mo akoma mu a, ɛnneɛ monnhoahoa mo ho, na monnni atorɔ nntia nokorɛ. Saa nyansa yi mfiri soro, na mmom ɛyɛ fam ne ɔkra ne ahonhommɔne deɛ. Na deɛ nitan ne mansotwe wɔ no, ɛhɔ na sakasaka ne nneyɛɛ bɔne nyinaa wɔ. Na nyansa a ɛfiri soro no deɛ, deɛ ɛdi kan ne sɛ ɛho te, ɛwɔ asomdwoeɛ, ɛwɔ ɔdwoɔ, ɛwɔ asoɔmmerɛ; mmɔborɔhunu ne aba pa ayɛ no ma, ɛnnye akyinnyeɛ, ɛnyɛ nyaatwom. Na wɔgu tenenee aba asomdwoeɛ mu ma wɔn a wɔyɛ asomdwoeɛ adeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛhe na akasakasa ne ɔko a ɛwɔ mo mu no fire? Ɛmfiri mo akɔnnɔ a ɛne mo honam akwaa ko no mu anaa? Mo kɔn dɔ, na monnya. Modi awu na mo ani bere, na montumi nnuru ho. Moko na motu sa, nanso monnya, ɛfiri sɛ mommisa. Mobisa na monnya, ɛfiri sɛ mobisa no bɔne, sɛdeɛ ɛbɛma moahwere no mo anigyedeɛ mu. Awaresɛefoɔ, monnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtane a wɔtane Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfoɔ no gyina hɔ sɛ Nyankopɔn tamfo. Anaasɛ mosusu sɛ atwerɛ no kasa kwa, sɛ: Ɔtwe ne honhom a ɔte yɛn mu no ho ninkunu? Nanso ɔma adom bebree mmom. Enti na atwerɛ no se: Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ. Enti momfa mo ho nhyɛ Nyankopɔn ase. Mommɔ mo ho mmɔden nsi ɔbonsam kwan, na ɔbɛdwane afiri mo nkyɛn. Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfoɔ, na monte mo akoma mu, mo a mo adwene yɛ ntanta! Monni abooboo, na mo werɛ nho, na monsu! Mo sereɛ nnane awerɛhoɔ, na mo anigyeɛ nnane anatoɔ! Mommrɛ mo ho ase Awurade anim, na ɔbɛma mo so. Anuanom, monnnidi mo ho nsekuro! Deɛ ɔdi onua ho nsekuro na ɔbu ne nua atɛn no, ɔdi mmara ho nsekuro na ɔbu mmara atɛn. Na sɛ wobu mmara atɛn a, na wonyɛ mmara no yɛfoɔ, na mmom woyɛ ne temmufoɔ. Ɔbaako ne mmarahyɛfoɔ ne ɔtemmufoɔ, ɔno ne deɛ ɔbɛtumi agyeɛ na wasɛeɛ. Na hwan ne wo a wobu obi atɛn? Na afei mo ɛ! Mo a moka sɛ: Ɛnnɛ ne ɔkyena yɛbɛkɔ sɛɛ ne sɛɛ kuro yi mu akɔdi hɔ afe, na yɛatɔ atɔn na yɛanya mfasoɔ. Nanso monnim deɛ ɛbɛba ɔkyena. Na mo nkwa ne deɛn? Ɛfiri sɛ moyɛ huhuro a ɛyi ne ho kakra, na afei ɛyera. Na mmom anka ɛsɛ sɛ moka sɛ: Sɛ Awurade pɛ na yɛnya nkwa a, yɛbɛyɛ yei anaa yei. Na afei mohoahoa mo ho mo ahupoo mu. Saa ahohoahoa yi nyinaa yɛ bɔne. Enti deɛ ɔnim papayɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na afei, mo adefoɔ e, mo amanehunu a ɛreba mo soɔ nti, monsu na mommɔ bena! Mo ahonyadeɛ aporɔ, na nweweboaa awe mo ntadeɛ. Mo sika ne dwetɛ awe nnaakyen, na ɛho nnaakyen no bɛdi mo adanseɛ, na ɛbɛdi mo nam sɛ ogya. Moahyehyɛ agyapadeɛ, nna a ɛdi akyire mu. Hwɛ, adwumayɛfoɔ a wɔtutuu mo mfuo mu nnuane no akatua a mode nsisie de sieeɛ no team, na wɔn a wɔatwitwa mo mfuo mu adeɛ no nteamu aduru asafo Awurade no aso mu. Mode asetena fɛfɛ atena asase so, na moabɔ ahohwie, na moayɛne mo akoma sɛ okum da. Moabu deɛ ɔtene no fɔ akum no; ɔnsi mo kwan. Enti, anuanom, monya abodwokyɛre nkɔduru da a Awurade bɛba. Hwɛ, okuafoɔ a ɔretwɛn asase aba a ne boɔ yɛ den no to ne bo ase kyɛre wɔ ho, de kɔsi sɛ ɛnya feefee ne asusɔ. Mo nso, monnya abodwokyɛre, monhyɛ mo akoma den, ɛfiri sɛ da a Awurade bɛba no abɛn. Anuanom, monngugu ahome nntiatia mo ho, na wɔammu mo atɛn. Hwɛ, ɔtemmufoɔ no gyina ɛpono ano. Anuanom, momfa adiyifoɔ a wɔkasaa Awurade din mu no nyɛ amanehunu ne abodwokyɛre nhwɛsoɔ. Hwɛ, yɛbu wɔn a wɔhunuu amane, too wɔn bo ase wɔ mu no ahotɔfoɔ. Moate Hiob amanehunu mu boasetɔ no, na moahunu sɛdeɛ Awurade maa no wiee no, sɛdeɛ Awurade ayamyɛ dɔɔso, na ɔyɛ timmɔborɔ. Na me nuanom, yeinom nyinaa akyiri no, monnka ntam! Monnka ɔsoro anaa asase anaa ntam biara. Na momma mo aane nyɛ aane, na mo dabi nyɛ dabi, na moanhwe atemmuo mu. Mo mu bi hunu amane anaa? Ma no mmɔ mpaeɛ. Obi bo atɔ ne yam anaa? Ma no nto ayeyie nnwom. Mo mu bi yare anaa? Ma no mfrɛ asafo no mu mpanimfoɔ, na wɔmmɛbɔ ne so mpaeɛ, na wɔnsra no ngo Awurade din mu. Na gyidie mpaebɔ bɛgye ɔyarefoɔ no nkwa, na Awurade bɛma no so, na sɛ wayɛ bɔne bi a, wɔde bɛkyɛ no. Monkeka mo mfomsoɔ nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho, na momommɔ mpaeɛ mmema mo ho mo ho, na wɔasa mo yadeɛ. Onipa tenenee adesrɛ a emu yɛ den tumi yɛ nnoɔma bebree. Elia yɛ onipa te sɛ yɛn ara, na ɔbɔɔ mpaeɛ denden sɛ osuo nntɔ. Na osuo antɔ asase so mfeɛ mmiɛnsa ne abosome nsia. Na ɔbɔɔ mpaeɛ bio, na osuo tɔɔeɛ, na asase soo n’aba. Me nuanom, sɛ mo mu bi fom firi nokorɛ ho na obi dane no a, ma no nhunu sɛ, deɛ ɔdane ɔdebɔneyɛni firi ne mfomsoɔ kwan soɔ no, bɛgye ne kra afiri owuo mu, na wakata bɔne pii so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE asɛm baa Amitai ba Yona nkyɛn sɛ: Sɔre kɔ Ninewe kuro kɛseɛ no mu, na pae mu ma wɔnhu sɛ wɔn bɔne aforo aba m’anim. Ɛnna Yona sɔree sɛ ɔredwane akɔ Tarsis afiri AWURADE anim, na ɔsiane kɔɔ Yopa, na ɔkɔhunuu ɛhyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis; na ɔtuaa ka kɔtenaa mu sɛ ɔredwane AWURADE anim ne wɔn akɔ Tarsis. Na AWURADE maa mframa a ano yɛ den bɛbɔe wɔ ɛpo no so, na ahum kɛseɛ tui wɔ ɛpo no so, na ɛhyɛn no yɛɛ sɛdeɛ ɛrebɛbɔ. Na ɛhyɛn no mufoɔ no suroe, na wɔteateaa mu frɛfrɛɛ wɔn anyame, na wɔtotoo ɛhyɛn no mu adwadeɛ guguu po mu na ayɛ hare ama wɔn; nso Yona deɛ, na wasiane kɔ ɛhyɛn no yam akɔda hatee. Ɛnna ɛhyɛn mu panin no kɔɔ Yona nkyɛn, na ɔbisaa no sɛ: Worepɛ akyerɛ sɛn nti a wada hatee saa yi? Sɔre su frɛ wo nyame, sɛ ebia ɔbɛdwene yɛn ho na yɛantotɔ wɔ ha. Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Mommra mma yɛntwe ntonto mfa nhunu deɛ ne nti saa amaneɛ yi aba yɛn soɔ yi. Na wɔtwee ntonto no, ntonto no bɔɔ Yona. Ɛnna wɔsrɛɛ Yona sɛ: Kyerɛ yɛn deɛ ne nti saa amaneɛ yi aba yɛn soɔ yi? W’adwuma ne sɛn, na ɛhe na wofiri baeɛ? Wofiri ɔman bɛn mu, wo nkyi ne he? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Meyɛ Hebrini, na mesɔre AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn a ɔyɛɛ ɛpo ne asase pɛsɛɛ no. Ɛnna nnipa no suroo pii pa ara, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ yi? Na na nnipa no nim sɛ AWURADE anim na ɔredwane afire, ɛfiri sɛ na waka akyerɛ wɔn. Na wɔbisaa no sɛ: Ɛdeɛn na yɛnyɛ woɔ, na ɛpo no ano nnwo mma yɛn? Ɛfiri sɛ, na ɛpo no gu so ara rehuru. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa me na monto me ntwene ɛpo no mu, na ɛpo no bɛdwo ama mo; na menim sɛ me nti na ahum kɛseɛ yi aba mo soɔ yi. Nanso nnipa no bɔɔ mmɔden biara sɛ wɔresane aba asase pɛsɛɛ so, na wɔantumi, ɛfiri sɛ na ɛpo no gu so rehuru hyia wɔn ara. Ɛnna wɔsu frɛɛ AWURADE sɛ: O AWURADE, onipa yi kra nti mma yɛntotɔ, na mfa mogya a yɛdi ho bem ngu yɛn so, na wo, AWURADE, na woyɛ sɛdeɛ wopɛ. Ɛnna wɔmaa Yona so too no twenee ɛpo no mu, na ɛpo no gyaee ne bagyabagyayɛ no. Na nnipa no suroo AWURADE pii pa ara, na wɔbobɔɔ afɔdeɛ maa AWURADE, na wɔhyehyɛɛ no bɔ. Nso na AWURADE asiesie apataa kɛseɛ bi sɛ ɔmmene Yona. Na Yona dii apataa no yam nnansa awia ne anadwo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yona firi apataa no yam bɔɔ AWURADE ne Nyankopɔn mpaeɛ sɛ: Mefiri m’ahohiahia mu mesu mefrɛɛ AWURADE, na ɔtiee me; mefiri Asamando ebunu mu meteaa mu, na woate me nne. Na wotoo me twenee ebunu mu, ɛpo akoma mu, na ɔhweamo twaa me ho hyiae; w’asorɔkyeɛ ne w’aworɔ nyinaa bu faa me so. Na me nso mese: Wɔatu me afiri w’anim, nanso mɛkɔ so mahwɛ w’asɔrefie kronkron no kwan so. Nsuo bɛtwaa me ho hyiae bɛduruu ɔkra ho, ebunu twaa me ho buka sii, ɛpo mu wira kyekyeree me ti. Mesiane mekɔɔ mmepɔ nhini ho, mekɔɔ Asamando, na wɔtoo me twenee koransan, nanso wo AWURADE me Nyankopɔn woyii me firii Amena mu. Me kra tɔɔ me mu piti no, mekaee AWURADE, na me mpaebɔ duruu wo nkyɛn, aane w’asɔrefie kronkron hɔ. Wɔn a wɔn ani sɔ atorɔ ahoni no, wɔpo wɔn ara wɔn ADOM. Na me deɛ, mede aseda nne bɛbɔ wo afɔdeɛ, deɛ mahyɛ ho bɔ no, mɛtua; ɛfiri sɛ, nkwagyeɛ wɔ AWURADE! Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ apataa no maa ɔkɔfee Yona too asase pɛsɛɛ so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE asɛm baa Yona nkyɛn ne mprenu so sɛ: Sɔre kɔ Ninewe kuro kɛseɛ no mu, na kɔpae asɛm a mereka makyerɛ woɔ no kyerɛ wɔn. Ɛnna Yona sɔre nam AWURADE asɛm no soɔ sii mu kɔɔ Ninewe. Nso na Ninewe yɛ kuro kɛseɛ a nnansa na wɔde twa ho hyia. Na Yona firii aseɛ hyɛnee kuro no mu nantee da koro, na ɔpaee sɛ: Aka adaduanan na Ninewe abutu. Ɛnna Ninewefoɔ no gyee Onyankopɔn diiɛ, na wɔpaee mmuadadie, na wɔfirafiraa ayitoma firi wɔn mu nnipa akɛseɛ so kɔsii wɔn mu akumaa so. Na asɛm no duruu Ninewe hene nkyɛn no, ɔsɔre firii n’adwa so, na ɔyii ne ngusoɔ guu hɔ na ɔfiraa ayitoma, na ɔtenaa nso mu, na ɔmaa wɔpaee mu kaa no Ninewe, ɔhene ne n’atitire asɛm so, kaa sɛ: Nnipa ne afieboa, anantwie ne nnwan mmfa hwee nnka wɔn ano, wɔmmma wɔnnkɔdidi, na wɔnnnom nsuo nso. Na nnipa ne afieboa mfirafira ayitoma, na wɔnsu dendeenden mfrɛ Onyankopɔn, na wɔnsane mfiri wɔn kwammɔne so ne amim adeɛ a ɛwowɔ wɔn nsam no ho. Obi nnim sɛ ebia Onyankopɔn bɛsesa n’adwene wɔ adeɛ wɔrebɛyɛ no ho, na wadane afiri n’abufuhyeɛ no ho, na wansɛe yɛn. Na Onyankopɔn hunuu wɔn nneyɛɛ, sɛ wɔasane afiri wɔn akwammɔne no soɔ, na ɔsesaa n’adwene wɔ bɔne a ɔkaa sɛ ɔde bɛyɛ wɔn no ho, na wanyɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na asɛm yi anyɛ Yona dɛ koraa, na ne bo fui. Na ɔbisaa AWURADE sɛ: Ao, AWURADE! ɛnyɛ m’asɛm a meda so mewɔ m’asase soɔ no mekaeɛ nie? Yei ara nti na meyɛɛ ntɛm sɛ meredwane akɔ Tarsis, ɛfiri sɛ menim sɛ wo deɛ, woyɛ Onyankopɔn ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ, wo bo kyɛre fu na w’adɔeɛ dɔɔso, na wosesa w’adwene wɔ mmusuo a wode reba ho. Na afei, AWURADE, gye me kra firi me nsam ɛ, na ɛyɛ ma me sɛ mɛwu sene sɛ mɛtena ase. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛyɛ sɛ wo bo fu anaa? Na Yona firii adi firii kuro no mu, na ɔkɔtenaa kuro no apueeɛ, na ɔbɔɔ sese hɔ, na ɔtenaa aseɛ enwunu no mu sɛ ɛnkɔsi sɛ ɔbɛhunu adekodeɛ a ɛbɛyɛ kuro no. Na AWURADE Nyankopɔn siesiee adedenkruma, na ɛfefɛ kataa Yona so maa n’atifi nyaa enwunu, sɛ ɛnyi no mfiri n’ahohiahia no mu. Na Yona ani gyee adedenkruma no ho kɛseɛ. Na adeɛ kyeeɛ a owia reba abɛpue no, Onyankopɔn siesiee aboaa bi maa no fitii adedenkruma no mu maa no poe. Na ɛbaa sɛ owia pueeɛ no, Onyankopɔn siesiee apueeɛ mframa a emu yɛ hyeɛ, na owia bɔɔ Yona atifi maa no tɔɔ piti. Na ɔsrɛɛ sɛ anka ɔnwu, na ɔse: Owuo yɛ ma me sene nkwa. Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yona sɛ: Ɛyɛ sɛ wo bo fuu adedenkruma no ho anaa? Na Yona buaa sɛ: Aane ɛyɛ sɛ me bo fu de kɔ owuo mu. Na AWURADE kaa sɛ: Wo deɛ, adedenkruma no asɛm no yɛ wo ya, nso wonyɛɛ ɛho adwuma biara, na ɛnyɛ wo na womaa no nyiniiɛ, na ɛbaa anadwo koro na ɛsɛee anadwo koro. Na me deɛ, Ninewe kuro kɛseɛ a nnipa bɛboro ɔpeha aduonu a wɔnnim nifa ne benkum ne afieboa pii nso wɔ mu no deɛ renyɛ me ya anaa?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Paulo ne Silwano ne Timoteo de kɔma Tesalonikafoɔ asafo wɔ yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Anuanom, ɛsɛ yɛn sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa sɛdeɛ ɛfata, mo nti, ɛfiri sɛ mo gyidie nyini boro so, na dɔ a mo nyinaa mode dodɔ mo ho mmaako mmaako no mu adɔ. Mo boasetɔ ne gyidie a mokura mu, mo taa nyinaa ne amaneɛ a momiaa mo ani hunuiɛ no mu nti, ɛma yɛn ara yɛhoahoa yɛn ho ma mo wɔ Nyankopɔn asafo no mu. Ɛno na ɛyɛ Nyankopɔn atɛntenenee agyiraeɛ, sɛ wɔbɛbu mo sɛ Nyankopɔn ahennie a mohunu ho amaneɛ no fata mo. Ɛfiri sɛ ɛtene Nyankopɔn anim sɛ ɔde ahohia tua wɔn a wɔhiahia mo ho no ka, na wama mo a wɔhiahia mo ho no ne yɛn ahome, ɛda a wɔbɛyi Awurade Yesu ne ne tumi abɔfoɔ adie afiri soro, ogyaframa mu, na watɔ wɔn a wɔnnim Onyankopɔn, na wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no so were. Wɔn na wɔbɛnya akatua a ɛyɛ daa ɔsɛeɛ, ne yi a wɔyi wɔn firi Awurade anim ne ne tumi animuonyam ho, ɛberɛ a ɛbɛba sɛ wɔnhyɛ no animuonyam n’ahotefoɔ mu. Na wɔnhwɛ n’anwanwadeɛ wɔ wɔn a wɔagye adie nyinaa mu, ɛfiri sɛ wɔagye yɛn adanseɛ a yɛdii mo no adi, ɛda no ara mu. Enti nso, yɛbɔ mpaeɛ ma mo daa, sɛ yɛn Nyankopɔn mmu mo sɛ mosɛ ɔfrɛ no, na ɔmfa tumi so mma n’ayamyɛ anisɔdeɛ ne gyidie adwuma nyɛ ma, na wɔahyɛ yɛn Awurade Yesu din animuonyam wɔ mo mu, ne mo nso wɔ ne mu, sɛdeɛ yɛn Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom no teɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Nso yɛsrɛ mo, anuanom, sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo ba ne yɛn ano a wɔbɛboa aba ne nkyɛn no ho deɛ, mommma wɔnnnane mo adwene ntɛm, na wɔnntu mo bo honhom anaa asɛm anaa nwoma a wɔse ɛfiri yɛn nkyɛn no ho, sɛ ebia Awurade da no anya adu. Mommma obiara nnnaadaa mo biribiara fam, ɛfiri sɛ ɛremma, gye sɛ ɔwaeɛ a wɔbɛwaeɛ no aba ansa, na wɔayi onipa a ɔnni mmara so no adi, ɔsɛeɛ ba no. Deɛ ɔsɔre na ɔma ne ho so tia deɛ wɔfrɛ no Onyankopɔn anaa wɔsom nyinaa, ma ɔno ara kɔtena Nyankopɔn asɔredan mu de ne ho kyerɛ sɛ ɔno ne Onyankopɔn. Monkae sɛ mewɔ mo nkyɛn no, mekaa mo yeinom anaa? Na afei, deɛ ɛsi kwan no, monim sɛ wɔbɛyi no adi ne berɛ mu. Na mmarato ahuntasɛm no anya reyɛ adwuma, nanso gye sɛ wɔayi deɛ ɔda so si kwan no afiri ntam ansa. Na ɛno ansa na wɔbɛyi deɛ ɔnni mmara biara no adie, deɛ Awurade de n’anomu home bɛkum no na ɔde ne ba no pue bɛyi no hɔ koraa no. Ɔno nso na ne ba no, ɔba no Satan adwumayɛ soɔ, atorɔ tumi ne nsɛnkyerɛnneɛ ne ahodwirideɛ nyinaa mu, ne deɛ ɛntene nnaadaa nyinaa mu, wɔn a wɔyera no mu, ɛsiane sɛ wɔannye nokorɛ dɔ na wɔde agye wɔn nkwa no. Yei nti, Onyankopɔn soma nnaadaa a emu yɛ den aba wɔn mu ama wɔagye atorɔ adi, na wɔabu wɔn a wɔannye nokorɛ annie na mmom wɔn ani asɔ deɛ ɛntene no nyinaa atɛn. Na yɛn deɛ, mo nti ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa, anuanom a Awurade dɔ mo, ɛfiri sɛ Onyankopɔn firi mfitiaseɛ ayi mo kɔ nkwagyeɛ mu, honhom ahoteɛ ne nokorɛ gyidie mu. Emu na ɔnam yɛn asɛmpa no so afrɛ mo aba, na moanya yɛn Awurade Yesu Kristo animuonyam. Enti afei, anuanom, monnyina pintinn, na monkura atetesɛm a yɛnam asɛm anaa yɛn nwoma so kyerɛkyerɛɛ mo no mu. Na ɔno yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn Agya Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn na wama yɛn daa awerɛkyekyerɛ ne anidasoɔ pa adom mu no, ɔnkyekyere mo werɛ, na ɔnhyɛ mo den asɛm ne adwuma pa nyinaa mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Deɛ ɛdi akyire no, anuanom, mommɔ mpaeɛ mma yɛn, na Awurade asɛm nnya kwan nkɔ so, na wɔnhyɛ no animuonyam, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mo hɔ nso. Na wɔnyi yɛn mfiri nnipa amumuyɛfoɔ ne abɔnefoɔ nsa mu, ɛfiri sɛ ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ gyidie. Ɔnokwafoɔ ne Awurade a ɔbɛhyɛ mo den na wahwɛ mo so ɔbɔnefoɔ no ho no. Na yɛn ani da mo so Awurade mu, sɛ moyɛ na mobɛyɛ deɛ yɛhyɛ mo. Na Awurade mma monhunu Nyankopɔn dɔ ne Kristo boasetɔ no mu. Na anuanom, yɛhyɛ mo Awurade Yesu Kristo din mu, sɛ montwe mo ho mfiri onua biara a ɔnam basabasa na ɔnni atetesɛm a ɔnyaa no yɛn nkyɛn no soɔ no ho. Na mo ara monim sɛ ɛsɛ sɛ mosua yɛn, ɛfiri sɛ yɛanyɛ yɛn ho basabasa wɔ mo mu, nanso yɛanni obiara aduane kwa, na mmom yɛyɛɛ adwuma, mmɔdemmɔ ne ɔbrɛ mu, anadwo ne awia, na yɛanyɛ adesoa amma mo mu biara; ɛnyɛ sɛ yɛnni ho kwan na mmom yɛyɛɛ sɛ yɛde yɛn ho reyɛ nhwɛsoɔ ama mo na moasua yɛn. Na yɛwɔ mo nkyɛn no nso, yɛhyɛɛ mo sɛ, sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma ɔno nso nnidi. Na yɛte sɛ ebinom wɔ hɔ a wɔnenam basabasa wɔ mo mu, na wɔnyɛ adwuma, na mmom wɔyɛ terɛterɛ. Na wɔn a wɔte saa no, yɛhyɛ wɔn, tu wɔn fo, yɛn Awurade Yesu Kristo mu, sɛ wɔnyɛ adwuma komm mfa mpɛ wɔn anoduane. Na mo deɛ, anuanom, mommmrɛ papayɛ mu. Na sɛ obi antie yɛn asɛm a ɛwɔ nwoma yi mu a, monhyɛ no nso, mo ne no mmmɔ fekuo, na n’ani nwu; nanso mommmu no sɛ ɔtamfoɔ, na mmom monkasa nkyerɛ no sɛ onua. Na ɔno asomdwoeɛ Awurade no ara mma mo asomdwoeɛ daa, adeɛ nyinaa mu. Awurade ne mo nyinaa ntena. Me Paulo nkyea a mede me ara me nsa metwerɛeɛ. Yei di adanseɛ wɔ me nwoma nyinaa mu sɛ ɔkwan a mefa so twerɛ nie. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Paulo, Kristo Yesu deduani, ne onua Timoteo, de kɔma Filemon, yɛn dɔfo ne yɛn yɔnko dwumayɛni, ne onuabaa Apia, ne Arkipo, yɛn yɔnko sraani, ne asafo a ɛwɔ wo fie: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo! Da biara a mekae wo wɔ mpaebɔ mu no, meda me Nyankopɔn ase, ɛfiri sɛ mete wo dɔ a wowɔ ma ahotefoɔ nyinaa ne wo gyidie a wowɔ no Awurade Yesu mu no nka. Na mebɔ mpaeɛ sɛ nnepa pa nyinaa a ɛnam Kristo so wɔ wo mu ho nimdeɛ bɛma wo gyidie adɔeɛ nnwuma no ada adi kɛse. Me nua, mewɔ wo dɔ ho anigyeɛ ne awerɛkyekyerɛ bebree, sɛ woama ahotefoɔ akoma atɔ wɔn yam. Ɛno nti, ɛwom sɛ anka mewɔ akokoɔduro kɛse wɔ Kristo mu sɛ mehyɛ wo sɛ yɛ adeɛ a ɛfata yi, nanso, ɔdɔ nti mesrɛ wo mmom, me, akora Paulo a seesei mesane meyɛ Kristo Yesu deduani nso: Mesrɛ wo mema me ba a mewoo no wɔ nkyehoma mu, Onesimo (a kane no, ne ho nni mfasoɔ mma woɔ, na afei ɔyɛ ma wo ne me). Ɔno ara na masoma no wo nkyɛn bio; onipa a ɔte sɛ me ara m’akoma. Anka mepɛɛ sɛ mesianka no ma no tena me nkyɛn, na wasi w’anan mu asom me wɔ asɛmpa nkyehoma no mu, nanso mampɛ sɛ mefiri w’akyiri meyɛ biribiara, na wo yieyɛ anyɛ sɛ ɛfiri ɔhyɛ mu, na mmom afiri ɔpɛ mu. Na ebia yei nti na ɔne wo tetee mu kakra, sɛ wobɛnya no daa, ɛnyɛ sɛ akoa bio, na mmom deɛ ɔsene akoa, sɛ onua dɔfo a ɔyɛ ma me titire, na kampɛsɛ wo, honam ne Awurade fam. Enti sɛ wobu me sɛ ɔyɔnkoɔ deɛ a, gye no sɛ me ara. Na sɛ wayɛ wo bɔne bi, sɛ nso ɔde wo ka biara a, bu brɛ me. Me Paulo na mede me ara me nsa meretwerɛ sɛ: Mɛtua ka biara a ɔde wo, na anka mempɛ sɛ mekae wo mpo sɛ wo ara ankasa wode me ka. Aane, onua, ma mennya wo ho biribi a ɛyɛ, Awurade mu, na ma m’akomam ntɔ me yam wɔ Kristo mu. Mewɔ awerɛhyɛmu wɔ wo setie ho nti na meretwerɛ wo nwoma yi, na menim sɛ wobɛyɛ asene deɛ maka yi mpo. Nanso siesie ahɔhotenabea ma me, na m’ani da so sɛ, ɛnam mo mpaebɔ so. wɔde me bɛsane abrɛ mo. Epafra, me yɔnko deduani wɔ Kristo Yesu mu, Marko, Aristarko, Dema ne Luka, me yɔnkonom adwumayɛfoɔ, kyeakyea wo. Awurade Yesu Kristo adom nka wo honhom.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Onyankopɔn a tete no ɔnam mmerɛ ahodoɔ ne akwan ahodoɔ so, nam adiyifoɔ so kasa kyerɛɛ agyanom no, nna a ɛdi akyire yi mu nso, ɔnam Ɔba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na wayɛ no nnoɔma nyinaa ɔdedifoɔ, a ɔnam ne so nso abɔ wiase nyinaa. Ɔno ara a ɔyɛ n’animuonyam no haran ne ne su nsɛsoɔ, na ɔde ne tumi asɛm sɔ nnoɔma nyinaa mu no, ɔde ɔno ara ne ho dwiraa yɛn bɔne no, ɔkɔtenaa animuonyam kɛseɛ no nifa so ɔsorosoro, na wakyɛne abɔfoɔ no mmoroso, sɛdeɛ ne din kunini a wanya no kyɛne wɔn deɛ no. Na abɔfoɔ mu hwan na waka akyerɛ no pɛn sɛ: Me ba ne wo, me na mawo wo nnɛ, na bio: Mɛyɛ no Agya, na ɔno nso ayɛ me ɔba? Na ɔnya de abakan no ba wiase bio a, ɔse: Ma Nyankopɔn abɔfoɔ nyinaa nsɔre no! Na abɔfoɔ no ho deɛ, ɔse: Ɔyɛ n’abɔfoɔ mframa ne n’asomfoɔ, ogyaframa, na ɔba no ho deɛ, ɔse: Onyankopɔn, w’ahennwa wɔ hɔ daapem daapem, w’ahennie poma yɛ poma a ɛtene. Wodɔ tenenee, na wokyiri amumuyɛ enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahosan ngo asra woɔ asene wo mfɛfoɔ. Na: Awurade, mfitiaseɛ no, wotoo asase fapem, na wo nsa ano nnwuma ne ɔsoro. Yeinom bɛsɛe, nanso wo deɛ, wowɔ hɔ ara, na ne nyinaa bɛsu sɛ atadeɛ, na wobɛbobɔ wɔn sɛ firatam, na wɔasakyera wɔn sɛ atadeɛ. Na wo deɛ, wote sɛ deɛ wote ara, na wo mfeɛ renhi da. Na abɔfoɔ no mu hwan ho na waka pɛn sɛ: Tena me nifa so kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ? Wɔn nyinaa nyɛ ahonhom asomfoɔ a, wɔn a, wɔbɛyɛ nkwagyeɛ no adedifoɔ no nti, wɔsoma wɔn sɛ wɔnkɔsom no anaa?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yei nti ɛsɛ sɛ yɛsɔ nnoɔma a yɛateɛ no mu den ma no boro soɔ, na yɛamfiri ho da bi. Na sɛ asɛm a wɔnam abɔfoɔ so kaeɛ no timii, na mmarato ne asoɔden biara nyaa n’akatua a ɛsɛ a, yɛn nso, sɛ yɛammu nkwagyeɛ kɛseɛ a ɛte sɛ yei a, yɛbɛdwane afiri mu sɛn? Ɛno na Awurade firii aseɛ kaeɛ no, wɔn a wɔteeɛ no hyɛɛ mu den maa yɛn, na Onyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne ahoɔdenneɛ ahodoɔ ne Honhom Kronkron a ɔkyekyɛɛ mu sɛ ɔpɛ no dii ho adanseɛ bi. Ɛfiri sɛ ɛnyɛ abɔfoɔ ase na ɔde wiase a ɛreba a yɛka ho asɛm no ahyɛ. Na obi di adanseɛ baabi sɛ: Ɔdasani ne hwan a wokae no, anaasɛ onipa ba ne hwan a w’ani ku ne ho? Woama no aka kakraa bi na wato abɔfoɔ, wode animuonyam ne anidie abɔ no abotire, [na wode no asi wo nsa ano nnwuma so,] wode nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nan ase. Na sɛ ɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ n’ase yi, wannya biribiara a wamfa anhyɛ n’aseɛ. Na seesei deɛ, yɛnnya nhunuu sɛ wɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ n’ase. Na mmom, yɛhunu Yesu, deɛ berɛ tiawa bi mu, wɔbrɛɛ no ase senee abɔfoɔ no, sɛdeɛ ɔbɛfa Onyankopɔn adom so bɛka owuo ahwɛ ama nnipa nyinaa. Seesei ɛsiane owuo amanehunu nti, wɔde animuonyam ne anidie abɔ no abotire. Na ɛfataa deɛ ne nti nnoɔma nyinaa wɔ hɔ na ɛnam ne so na nnoɔma nyinaa wɔ hɔ, deɛ ɔde mma bebree baa animuonyam mu no, sɛ ɔde wɔn nkwagyeɛ safohene nam amanehunu mu bɛkɔ pɛyɛ mu. Na deɛ ɔte yɛn ho ne wɔn a wɔate wɔn ho nyinaa wɔ abɔseɛ baako, ne saa nti ɛnyɛ no aniwu sɛ ɔbɛfrɛ wɔn anuanom, sɛ: Mɛbɔ wo din makyerɛ me nuanom, asafo mu na mɛto ayeyie dwom mama woɔ. Na bio: Mede me ho bɛto ne so. Na bio nso: Hwɛ, me ne mma a Onyankopɔn de wɔn ama me no nie. Enti sɛ mma no anya honam ne mogya korɔ no bie no, saa ara na ɔno nso faa mu bi, sɛ ɔnam owuo so bɛtu deɛ ɔwɔ owuo tumi a ɔne ɔbonsam no, na wagye wɔn a anka owuo ho hu nti wɔayɛ nkoa, nna a wɔde te aseɛ nyinaa. Na ampa ara, ɛnyɛ abɔfoɔ na ɔsɔ wɔn mu gye wɔn, na mmom Abraham asefoɔ na ɔsɔ wɔn mu gye wɔn. Enti ɛhiaa no sɛ ɔsɛ ne nuanom nnoɔma nyinaa mu, na wayɛ mmɔborɔhunu ne nokorɛ sɔfo panin, Nyankopɔn fam nnoɔma no mu, na wayɛ ɔman no bɔne ho mpata. Na ɛnam sɛ ɔno ara hunuu sɔ a wɔsɔɔ no hwɛeɛ mu amaneɛ nti, ɔtumi boa wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛno nti, anuanom akronkronfoɔ a mofra ɔsoro frɛ no mu, monhwɛ yɛn asɛm a yɛgyina so ka no ho Ɔsomafoɔ ne Ɔsɔfo Panin Yesu a ɔdi deɛ ɔde no sii hɔ no nokorɛ sɛdeɛ Mose nso dii Nyankopɔn fie nyinaa mu nokorɛ no. Na oyi deɛ, wɔabu no sɛ animuonyam bebree sɛ no, sene Mose, te sɛ deɛ ɔsi efie wɔ anidie bebree sene efie no. (Ɛfiri sɛ efie biara, obi na ɔsie, na deɛ ɔyɛɛ nnoɔma nyinaa ne Onyankopɔn.) Na Mose deɛ, ɔdii Nyankopɔn fie nyinaa mu nokorɛ sɛ ɔsomfoɔ, sɛ ɔbɛdi nsɛm a wɔrebɛka da bi no ho adanseɛ. Na Kristo deɛ, ɔdi ne fie so sɛ ɔba; nso ne fie no ne yɛn, nanso gye sɛ yɛsɔ anidasoɔ no ho nnam ne ahohoahoa mu pintinn kɔsi awieeɛ. Enti, sɛdeɛ Honhom Kronkron ka no: Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a, mommpirim mo akoma sɛ atuateɛ no mu, sɔhwɛ da no wɔ serɛ so hɔ, deɛ mo agyanom gyegyee me hɔ no de sɔɔ me hwɛeɛ, na wɔhunuu me nnwuma mfirinhyia aduanan. Enti saa awoɔ ntoatoasoɔ yi ho yɛɛ me ahi, na mekaa sɛ: Wɔfom daa wɔ wɔn akoma mu. Nanso wɔn deɛ, wɔanhunu m’akwan; sɛdeɛ mekaa ntam wɔ m’abufuo mu no: Wɔrenhyɛne me home mu da. Monhwɛ yie, anuanom, na akoma bɔne a ɛnnye nnie amma mo mu biara mu, na wanwae amfiri Onyankopɔn teasefoɔ ho. Na mmom montutu mo ho fo da biara a wɔda so bɔ din sɛ “ɛnnɛ” no, na bɔne nnaadaa ampirim mo mu biara akoma. Nanso sɛ deɛ yɛfirii aseɛ de yɛn ho too soɔ no, yɛsɔ mu pintinn kɔsi awieeɛ a, yɛn ne Kristo bɛyɛ baako. Sɛ wɔka sɛ: Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a, mommpirim mo akoma sɛ ahiyie no mu a, na ɛhefoɔ na wɔteeɛ a wɔtee atua no? Ɛnyɛ wɔn a wɔnam Mose so firii Misraim nyinaa no anaa? Na ɛhefoɔ ho na ɛyɛɛ no ahi mfirinhyia aduanan no? Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ bɔne a wɔn amu guguu serɛ soɔ no anaa? Na ɛhefoɔ na ɔkaa wɔn ntam sɛ wɔrenhyɛne n’ahome mu? Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no anaa? Na yɛhunu sɛ ɔgyeɛ a wɔannye annie nti, wɔantumi anhyɛn n’ahomegyeɛ no mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Saa nti, ɛnam sɛ wɔagya yɛn ne home mu kɔ ho bɔhyɛ nti, momma yɛnsuro, na mo mu biara anyɛ sɛ waka akyi. Na wɔaka asɛmpa nso akyerɛ yɛn sɛ wɔn ara; nanso wɔannya asɛm a wɔteeɛ no ho mfasoɔ, ɛfiri sɛ ɛne gyidie no annkɔ bɛn korɔ mu, wɔn a wɔteeɛ no mu. Na yɛn a yɛagye adie no kɔ ɔhome no mu, sɛdeɛ ɔkaa sɛ: Mekaa ntam m’abufuo mu sɛ: Wɔrenhyɛne me home mu. Nanso wɔfiri wiase fapemtoɔ awie nnwuma no dada. Na baabi waka ɛda a ɛtɔ so nson no ho asɛm sɛ: Na Onyankopɔn homee da a ɛtɔ so nson firi ne nnwuma nyinaa mu. Na ɛhanom ɔka bio sɛ: Wɔrenhyɛne me home mu. Enti, sɛ aka sɛ ebinom bɛkɔ mu, na asoɔden nti wɔn a wɔkaa wɔn asɛmpa no kane no ankɔ mu nti, ɔhyɛɛ da bi bio nam Dawid so kaa sɛ: “Ɛnnɛ”, ɛkyɛree saa no, ɔkaa sɛdeɛ yɛabɔ din dada no sɛ: Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a, mommpirim mo akoma! Na sɛ na Yosua ama wɔn ahome a, anka akyire yi wammɔ da foforɔ din bio. Ɛnneɛ na homedadie da so ara wɔ hɔ ma Nyankopɔn man. Na deɛ wahyɛne ne home mu no, ɔno nso home firii ne nnwuma ho, sɛdeɛ Onyankopɔn home firii ne deɛ ho no. Enti momma yɛmmɔ mmɔden nhyɛne ɔhome no mu, na obi anhwe ase anyɛ asoɔden korɔ no ara ho nhwɛsoɔ. Na Nyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sene nkrantɛ anofanu biara, na ɛhwire mu kɔduru sɛ ɛpaepae ɔkra ne honhom, akwaa ne ekyim mu, na ɛyɛ akoma nsusuiɛ ne adwene temmufoɔ. Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adie Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, deɛ yɛne no wɔ asɛm no anim. Enti, sɛ yɛwɔ ɔsɔfo panin kɛseɛ a watwa mu ɔsoro, a ɔno ne Yesu, Nyankopɔn Ba no yi, momma yɛnsɔ yɛn gyidie asɛm a yɛgyina so ka no mu dendeenden. Na yɛnni ɔsɔfo panin a ɔnnim yɛn mmerɛyɛ na ɔnni tema mma yɛn, na mmom deɛ wɔasɔ no ahwɛ adeɛ nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso wannyɛ bɔne. Enti momma yɛmfa nnam mmra adom ahennwa no anim, na yɛanya mmɔborɔhunu, na yɛahunu adom, na ɛberɛ a ɛsɛ mu aboa yɛn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔsɔfo panin biara, wɔyi no firi nnipa mu hyɛ no sɔfoɔ ma nnipa, Nyankopɔn fam nnoɔma ho, na bɔne nti, ɔde ayɛyɛdeɛ ne afɔdeɛ ama, sɛ obi a ɔbɛtumi ahunu ama wɔn a wɔnnim na wɔfom no, ɛsiane sɛ mmerɛyɛ atwa ɔno nso ho ahyia. Na ɛno nti, ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ ma ne ho, sɛdeɛ ɔbɔ ma ɔman no. Na obi mfa saa anidie no mma ne ho, gye sɛ deɛ Onyankopɔn afrɛ no te sɛ Aaron no. Saa ara nso na Kristo anhyɛ ne ho animuonyam sɛ ɔbɛyɛ ɔsɔfo panin, na mmom deɛ ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me ba ne wo, me na mawo wo nnɛ! Sɛdeɛ ɔkaa no baabi nso sɛ: Woyɛ daa sɔfo, wɔ Melkisedek kwan so. Ɔno a ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotosrɛ brɛɛ deɛ ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu wɔ nteamu a emu yɛ den ne nisuo mu, na ahobrɛaseɛ suro nti wɔtiee no. Ɔyɛ Ɔba deɛ, nanso ɔsuaa amaneɛ a ɔhunuiɛ no mu setie, na ɔnya dii mu no, ɔyɛɛ wɔn a wɔyɛ setie ma no no nyinaa daa nkwagyeɛ farebae, a Onyankopɔn bɔ ne din frɛ no ɔsɔfo panin wɔ Melkisedek kwan so. Ɛno ho na yɛwɔ nsɛm pii a asekyerɛ yɛ den, nanso mo aso asisi. Na ɛberɛ a anka ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfoɔ no, ɛhia mo bio sɛ wɔkyerɛkyerɛ mo Nyankopɔn nsɛm mu mfitiasesɛm, na moayɛ sɛ wɔn a ɛhia wɔn nufosuo, na ɛnyɛ aduane a ɛyɛ den. Na obiara a ɔnum nufoɔ no nhunuu tenenee asɛm no mu, na ɔyɛ akɔkoaa. Na aduane a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyini a ɛnam daa daa adeyɛ nti wɔn adwene tumi hunu papa ne bɔne mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Enti momma yɛmfa mfitiaseɛ nkyerɛkyerɛ a ɛfa Kristo ho no nto nkyɛn, na yɛmpere nkɔ deɛ ɛyɛ pɛ no mu, na yɛamfa nnwuma funu mu adwensakyera ne Nyankopɔn ho gyidie ne asubɔ ahodoɔ ho nkyerɛkyerɛ ne nsagusoɔ ne awufoɔ sɔreɛ ne daa atemmuo anto fapem bio. Yei na sɛ Onyankopɔn ma ho kwan a, yɛbɛyɛ. Na ɛntumi mma sɛ, wɔn a wɔanya hann pɛn, na wɔaka ɔsoro akyɛdeɛ no ahwɛ, na wɔanya Honhom Kronkron no bie, na wɔaka Nyankopɔn asɛm a ɛyɛ ne wiase a ɛrebɛba no ahoɔden ahodoɔ ahwɛ, na wɔafiri ho ahwe aseɛ no, wɔbɛdane wɔn foforɔ akɔ adwensakyera mu, wɔn a wɔsɛne Nyankopɔn Ba no bio ma wɔn ho na wɔde no kɔ animguaseɛ mu. Na asase a ɛnom osuo a ɛtaa tɔ gu soɔ na ɛfifiri aduane a ɛyɛ ma wɔn a wɔn nti wɔdɔ no, nya Nyankopɔn hɔ nhyira no bi. Na deɛ ɛfifiri nkasɛɛ ne hwerɛmo no, ɛmfra, na ɛbɛn nnuabɔ a n’awieeɛ ne ɔhyeɛ. Na sɛ yɛka saa nso a, adɔfo, mo fam deɛ, yɛn ani da deɛ ɛyɛ sene saa a ɛbata nkwagyeɛ ho so. Ɛfiri sɛ Onyankopɔn nyɛ deɛ ɔntene, a ne werɛ bɛfiri mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔɔ no ne din mu, sɛ mosomm ahotefoɔ na moda so som wɔn. Na yɛyi yɛn yam pɛ sɛ mo nyinaa mmaako mmaako yi saa mmɔdemmɔ yi adi kyerɛ wɔ anidasoɔ a akyinnyeɛ nni mu koraa mu de kɔduru awieeɛ, na moanyɛ nyaa, na mmom moayɛ wɔn a wɔnam gyidie ne abodwokyɛre so nyaa bɔhyɛ no asuafoɔ. Na Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no, na ɔnni deɛ ɔso sene no a ɔbɛka ne ntam nti, ɔkaa ɔno ara ne ho ntam sɛ: Ampa ara, nhyira na mɛhyira woɔ, na dɔre na mɛma woadɔre. Na ɔtoo ne bo ase twɛnee saa no, ne nsa kaa bɔhyɛ no. Ɛfiri sɛ nnipa ka deɛ ɔso sene wɔn ntam, na ntuatuaano nyinaa to twa ne ntanka a wɔde hyɛ asɛm mu den. Ɛno nti na Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔyi n’atirimusɛm a ɛnsakyera kyerɛ bɔhyɛ no adedifoɔ pefee no, ɔde ntam gyinaa mu, na yɛafa nnoɔma mmienu a ɛnsakyera, a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni atorɔ wɔ biribiara mu no so anya awerɛhyɛmu a emu yɛ den, na yɛn a yɛadwane repɛ hintabea no bɛsɔ anidasoɔ a ɛda yɛn anim no mu. Ɛno na yɛwɔ sɛ ɔkra sɛkyɛ a ɛnteɛ, na ɛtim hɔ a ɛhyɛne mu de kɔsi ntwamutam no mu, deɛ odikanfoɔ bi hyɛnee hɔ maa yɛn no, ɔno ne Yesu a wayɛ Melkisedek kwan so daa sɔfo panin.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na saa Melkisedek yi, Salem hene, Ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfoɔ, Abraham kɔkumm ahene no na ɔresane aba no, ɔkɔhyiaa no hyiraa no. Nso Abraham maa no ade nyinaa so ntotosoɔ du du, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ tenenee hene kane, na ɛno akyiri nso, ɔyɛ Salem hene, ɛne asomdwoeɛ hene, ɔnni agya nni na nni awoɔ ntoatoasoɔ, ɔnni nna mfitiaseɛ anaa nkwa awieeɛ, na wɔde no toto Nyankopɔn Ba no ho a, ɔyɛ ɔsɔfoɔ afebɔɔ. Na monhwɛ onipa yi a agya panin Abraham maa no asadeɛ no so ntotosoɔ du du no so a ɔso! Na wɔn a wɔfiri Lewi mma mu nya asɔfodwuma no nso wɔ ahyɛdeɛ bi sɛ wɔnnye ntotosoɔ du du, sɛdeɛ mmara no teɛ, wɔ ɔman no mu, ɛne sɛ, wɔn nuanom a wɔn nso wɔfiri Abraham asene mu no, nkyɛn, nanso deɛ n’abusua mfiri wɔn mu no gyee Abraham hɔ ntotosoɔ du du, na ɔhyiraa deɛ ɔwɔ bɔhyɛ no. Nso akyinnyeɛ biara nni mu sɛ deɛ ɔkyɛne soɔ no na ɔhyira akumaa. Na ɛha, nnipa a wɔwuo na wɔgye ntotosoɔ du du, na ɛhɔ deɛ, deɛ wɔdi ne ho adanseɛ sɛ ɔte aseɛ no. Na yɛbɛtumi aka sɛ, Lewi nso a ɔgye ntotosoɔ du du no nam Abraham so maa ntotosoɔ du du no bi, ɛfiri sɛ berɛ a Melkisedek bɛhyiaa no no, na ɔda so wɔ n’agya asene mu. Na afei sɛ pɛyɛ nam Lewifoɔ asɔfodie so ba a, (ɛfiri sɛ ɛno so na ɔman no nyaa mmara no,) anka ɛdeɛn hia na ɛhia bio sɛ Melkisedek akwan so sɔfoɔ foforɔ bɛsɔreɛ na wɔnka no sɛ Aaron kwan soɔ? Na sɛ wɔsakyeraa asɔfodie no a, ɛtwa sɛ wɔsakyera mmara no nso. Na deɛ wɔbɔ ne din ka nsɛm yi firi abusuakuo foforɔ a obi mfiri mu mmɛyɛɛ afɔrebukyia ho adwuma pɛn mu. Ɛfiri sɛ ɛda adi pefee sɛ, Yuda mu na yɛn Awurade pueeɛ, nso saa abusuakuo yi, Mose ammɔ din anka asɔfodie ho hwee. Na deɛ ɛma asɛm no da adi pefee koraa ne sɛ, ɔsɔfoɔ foforɔ sɔre Melkisedek nsɛsoɔ so a wɔamfa honam ahyɛdeɛ mmara so, na mmom wɔnam nkwa a ɛnsɛeɛ ahoɔden so ayɛ no ɔsɔfoɔ. Na wɔdi ne ho adanseɛ sɛ: Woyɛ Melkisedek kwan so sɔfoɔ daa. Na wɔgu ahyɛdeɛ bi a ɛdi kan wɔ emu adeɛ a ɛyɛ mmerɛ na ɛho nni mfasoɔ nti, (ɛfiri sɛ mmara no amma biribiara anni mu), nanso wɔde anidasoɔ a ɛyɛ kyɛne soɔ a yɛnam so bɛn Onyankopɔn ba mu, de si ananmu. Na sɛdeɛ wɔankwati ntanka anyɛ yei no, ɛwom sɛ wɔn deɛ, wɔkwatii ntanka yɛɛ asɔfoɔ, nanso oyi deɛ, deɛ ɔka kyerɛɛ no sɛ: Awurade aka ntam na ɔrennu ne ho sɛ: Woyɛ ɔsɔfoɔ daa no, de ntanka ahyɛ no sɔfoɔ, sɛdeɛ apam a Yesu adi mu agyinamu yi yɛ kyɛne soɔ ne no. Na wɔn deɛ, ɛsiane sɛ owuo amma wɔantena hɔ nti, wɔyɛɛ asɔfoɔ a wɔdɔɔso, nanso oyi deɛ, ɛnam sɛ ɔte hɔ daa nti, ɔdi sɔfoɔ afebɔɔ. Saa nti, ɔbɛtumi agye wɔn a wɔnam ne so ba Nyankopɔn nkyɛn no koraa, ɛfiri sɛ ɔte ase daa sɛ ɔbɛdi ama wɔn. Na ɔsɔfo panin a ɔfata yɛn ne saa ɔsɔfo panin yi a ne ho teɛ, ɔnni bɔne, ne ho nni nkekaeɛ, wɔayi no afiri nnebɔneyɛfoɔ ho, na wɔama no so akyɛne soro. Ɔno na ɛnhia no daa, sɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ no, sɛ ɔbɔ ɔno ara ne bɔne ho afɔdeɛ kane ansa na wabɔ ɔman no deɛ, na mmom ɔde ne ho bɔɔ afɔdeɛ no, ɔyɛɛ yei prɛko pɛ. Na mmara no deɛ, ɛhyɛ nnipa a wɔyɛ mmerɛ asɔfoɔ mpanin, nanso mmara no akyiri ntanka asɛm no hyɛ ɔba a wawie pɛyɛ daa no sɔfo panin.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na nsɛm a yɛreka yi mu titire nie: Yɛwɔ saa ɔsɔfo panin a wakɔtena tumi kɛseɛ ahennwa no nifa, ɔsoro sɛ kronkronbea ne nokorɛ ntomadan a Awurade no ara, na ɛnyɛ onipa, pameeɛ no mu sɔfoɔ. Na ɔsɔfo panin biara wɔhyɛ no sɛ ɔmfa ayɛyɛdeɛ ne afɔdeɛ mma, enti ɛsɛ sɛ oyi nso nya biribi a ɔde bɛma. Na sɛ ɔwɔ asase so deɛ a, anka ɔnyɛ ɔsɔfoɔ mpo, ɛfiri sɛ asɔfoɔ a wɔde ayɛyɛdeɛ ma, sɛdeɛ mmara no teɛ, wɔ hɔ dada. Wɔn na wɔsom ɔsoro nnoɔma nhwɛsoɔ ne mfonini, te sɛdeɛ asɛm a berɛ a Mose rebɛsiesie ntomadan no, ɛbaa ne nkyɛn a ɛse: Hwɛ, yɛ adeɛ nyinaa sɛdeɛ nsususoɔ a wɔkyerɛɛ wo bepɔ no soɔ no teɛ. Na afei ne nsa aka asɔfodwuma a ɛkyɛne soɔ, sɛ wayɛ apam a ɛkyɛne soɔ a wɔgyina bɔhyɛ a ɛkyɛne soɔ so hyɛɛ ho mmara no ntamgyinafoɔ. Na sɛ kane apam no ho nni asɛm a, anka wɔrenhwehwɛ deɛ ɛtɔ so mmienu toberɛ. Na ɔnunu wɔn sɛ: Hwɛ, nna bi reba, Awurade na ɔseɛ, sɛ me ne Israel fie ne Yuda fie bɛpam apam foforɔ, ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pameeɛ da a mesosɔɔ wɔn nsa meyii wɔn mefirii Misraim asase soɔ no; ɛfiri sɛ wɔn deɛ, wɔantena m’apam mu, na me nso mannwene wɔn ho, Awurade na ɔseɛ. Na yei ne apam a nna no akyi me ne Israel fie bɛpam no, Awurade na ɔseɛ: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu, na matwerɛ no wɔn akoma mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman. Na obi renkyerɛkyerɛ ne kuromani, obi renkyerɛkyerɛ ne nua sɛ: Hunu Awurade! Na wɔn nyinaa bɛhunu me afiri wɔn mu akumaa so akɔsi ɔkɛseɛ so. Na mɛdom wɔn amumuyɛ ho, na wɔn bɔne deɛ, merenkae bio. Deɛ ɔka sɛ “foforɔ” yi no, ɔde ayɛ kane deɛ no dada, na deɛ ɛreyɛ dada na ɛretwa mu no, aka kakra na ayera.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na afei, kane apam no nso wɔ ɔsom ho nhyehyɛɛ ne wiase ha kronkronbea deɛ: Ɛfiri sɛ, wɔsii ntomadan bi a wɔkɔ mu kane a kaneadua ne ɛpono ne paanoo a ɛgu soɔ wɔ mu a wɔfrɛ hɔ kronkronbea. Na ntwamutam a ɛtɔ so mmienu no mu wɔ ntomadan a wɔfrɛ hɔ kronkron mu kronkron. Ɛwɔ sika aduhwamhyeɛ bukyia ne apam adaka a wɔde sika adura ho nyinaa, a sika pɔre a mana wɔ mu, ne Aaron poma a ɛfefɛeɛ ne apam aboɔpono no wɔ mu. Na ɛso na animuonyam Kerubim a ɛtrɛ mpata adwa no soɔ sie; nso yɛrentumi nka nnoɔma yi ho nsɛm mmaako mmaako seesei. Na wɔsiesiee nnoɔma yi saa a, asɔfoɔ no kɔ ntomadan a wɔsi mu kane no mu daa kɔyɛ ɔsom ho nnwuma. Na deɛ ɛtɔ so mmienu no deɛ, ɔsɔfo panin nko na afe biara ɔkɔ hɔ prɛko, ɔde mogya a ɔno ara, ne ɔman no mfomsoɔ nti ɔde kɔma. Emu na Honhom Kronkron kyerɛ yei pefee sɛ, ɛberɛ a wɔnnya nyii kwan a ɛde kɔ kronkron mu no adi nkyerɛeɛ no, na ntomadan a ɛdi kan no da so si hɔ. Na ɛno yɛ mfatoho de ma seesei berɛ yi, sɛdeɛ wɔde ayɛyɛdeɛ nso ma, ɛne afɔdeɛ a ɛntumi mma deɛ ɔsom no nni mu n’ahonim fam, na ɛne nnuane ne anonneɛ ne adware ahodoɔ yɛ honam nsiesieeɛ nko a ɛda hɔ sɛ wɔnyɛ nkɔduru berɛ a wɔahyɛ ato hɔ no. Nanso Kristo a ɔbaa sɛ nnepa a aba dada no ho sɔfo panin, nam ntomadan a ɛso na ɛyɛ pɛ kyɛne soɔ, (a wɔamfa nsa ansie, ɛne sɛ, ɛmfiri adebɔ yi mu mu), nso ɛnyɛ mmirekyie ne anantwie mma mogya, na mmom ɔno ara ne mogya so na ɔnam kɔɔ kronkronbea hɔ prɛko kɔnyaa daa ɔgyeɛ. Na sɛ mmirekyie ne anantwinini mogya ne nantwibereɛ nso a wɔde dwira wɔn a wɔn ho agu fi, te wɔn ho kɔ honam ahofire mu a, mprɛ ahe ara na Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho bɔɔ afɔdeɛ, a ɛho nni dɛm maa Onyankopɔn no mogya rente mo ahonim ho mfiri nnwuma funu mu nkɔsom Onyankopɔn a ɔte aseɛ? Yei nti na ɔyɛ Apam foforɔ ntamgyinafoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔn a wɔabɔ wɔn din afrɛ wɔn no anya daa agyapadeɛ bɔhyɛ no, ɛsiane owuo a ɔwu de gyee wɔn a wɔyɛɛ kane apam no ho mfomsoɔ no. Na deɛ samanseɛ wɔ no, ɛhɔ na ɛtwa sɛ wɔkyerɛ sɛ, deɛ ɔhyɛeɛ no awu, na samanseɛ tim wɔ awufoɔ so, na deɛ ɔhyɛeɛ no te ase a, anka emu nyɛ den da. Ɛno nti na wɔankwati mogya anhyɛ kane apam no nso aseɛ. Na Mose kaa ahyɛdeɛ biara kyerɛɛ ɔman mu no nyinaa, sɛdeɛ mmara no teɛ wieeɛ no, ɔfaa anantwie mma ne mmirekyie mogya ne nsuo ne kuntu kɔkɔɔ ne sommɛ na ɔde petee nwoma no ara ne ɔman no nyinaa so kaa sɛ: Yei ne apam a Onyankopɔn ahyɛ wɔ mo ho no mogya. Na ntomadan ne asɔfodwuma nnoɔma nyinaa nso, ɔde mogya no petee ho saa ara. Ampa ara, wɔde mogya na ɛte nnoɔma nyinaa ho, sɛdeɛ mmara no teɛ, na mogya angu a, bɔne fakyɛ nni hɔ. Ɛnneɛ na ɛtwa sɛ wɔde yeinom te ɔsoro nnoɔma nhwɛsoɔ no ho. Na ɔsoro nnoɔma no ankasa deɛ, wɔde afɔdeɛ a ɛyɛ kyɛne yeinom na ɛtee ho. Na Kristo anhyɛne kronkronbea a wɔde nsa yɛeɛ, a ɛyɛ kronkronbea pa ara no ho nsɛnkyerɛnneɛ no mu, na mmom ɔhyɛnee ɔsoro ankasa sɛ afei ɔrekɔyi ne ho adi Nyankopɔn anim ama yɛn. Nanso wanhyɛne hɔ sɛ ɔde ne ho bɛbɔ afɔdeɛ mprɛ pii, sɛdeɛ ɔsɔfo panin de obi mogya hyɛne kronkronbea daa mfirinhyia no; ɛnneɛ anka ɛsɛ no sɛ ɔtaa hunu amane firi wiase fapem, na afei a wiase mmerɛ rewie duro yi, wayi ne ho adi prɛko sɛ ɔnam afɔdeɛ a ɔde ne ho bɔeɛ so bɛyi bɔne. Na sɛdeɛ ɛda hɔ ma nnipa sɛ wɔbɛwu prɛko na ɛno akyi atemmuo bɛba no, saa ara nso na Kristo a wɔde no bɔɔ afɔdeɛ prɛko sɛ ɔnsoa nnipa bebree bɔne no bɛkwati bɔne ayi ne ho adi ne mprenu soɔ, akyerɛ wɔn a wɔhwɛ no kwan no, de wɔn akɔ nkwagyeɛ mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛnam sɛ mmara no kura nnepa a ɛbɛba no nhwɛsoɔ na ɛnyɛ nnoɔma no suban ankasa nti, ɛntumi mfa afɔdeɛ korɔ no ara a wɔbobɔɔ no afe afe nyɛ wɔn a wɔbɔ no pɛ da; na sɛ asɔrefoɔ a wɔate wɔn ho prɛko nni bɔne ho ahonim bio a, anka wɔannyae afɔrebɔ anaa? Na mmom bɔne ho nkaeɛ wɔ mu daa afirinhyia, ɛfiri sɛ anantwinini ne mmirekyie mogya ntumi nyi bɔne mfiri hɔ. Enti ɔreba wiase no, na ɔkaa sɛ: Afɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ, woampɛ, ɔhonam na woasiesie de ama me. Ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ansɔ w’ani. Ɛno na mekaa sɛ: Hwɛ, mereba, wɔatwerɛ me ho asɛm wɔ nwoma mmobɔeɛ no mu sɛ, merebɛyɛ deɛ wo, Onyankopɔn, wopɛ. Kane no, ɔkaa sɛ: Afɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ, woampɛ, nanso ansɔ w’ani, (ɛne deɛ wɔnam mmara so de ma). Ɛno na ɔkaa sɛ: Hwɛ, maba sɛ merebɛyɛ deɛ wopɛ; ɔyi deɛ ɛdi kan no hɔ, na ɔde deɛ ɛtɔ so mmienu no asi hɔ. Saa ɔpɛ no mu na wɔnam Yesu Kristo honam a ɔde bɛmaeɛ no soɔ ate yɛn ho prɛko. Na ɔsɔfoɔ biara gyina hɔ daa resom, na ɔtaa bɔ afɔdeɛ korɔ no ara a ɛntumi nyi bɔne mfiri hɔ da. Na ɔno deɛ, ɔnya bɔɔ daa bɔne ho afɔdeɛ baako no, ɔkɔtenaa Nyankopɔn nifa. Na deɛ aka ne sɛ ɔtwɛn kɔduru sɛ wɔde n’atamfo bɛyɛ ne nan ase ntiasoɔ. Na ɔde afɔdeɛ korɔ no ara ama wɔn a wɔate wɔn ho no awie pɛyɛ. Na Honhom Kronkron nso di yɛn adanseɛ. Ɛfiri sɛ akane no, ɔkaa sɛ: Yei ne apam a nna no akyi me ne wɔn bɛpam no, Awurade na ɔseɛ: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn akoma mu, na matwerɛ wɔ wɔn adwene mu Ɔka toa so sɛ, na wɔn bɔne ne wɔn mmarato nso merenkae bio. Na deɛ yeinom fakyɛ wɔ no, bɔne ho afɔrebɔ nni hɔ bio. Enti, anuanom, sɛ yɛwɔ Yesu mogya mu nnamyɛ a yɛde bɛkɔ kronkronbea hɔ, ɛsiane ɔkwan a wɔsiesie ama yɛn, ɔkwan foforɔ a ɛwɔ nkwa a ɛfa ntwamutam, ɛne sɛ ne honam mu, ne sɛ yɛwɔ Nyankopɔn fie so sɔfoɔ kɛseɛ nti, momma yɛmfa nokorɛ akoma wɔ gyidie a akyinnyeɛ nni mu koraa mmɛn sɛ nnipa a wɔapete wɔn akoma ho afiri ahonim bɔne mu, na wɔde nsuo korɔgyenn adware wɔn nipadua. Momma yɛnsɔ anidasoɔ asɛm a yɛgyina so ka no mu pintinn, ɛfiri sɛ ɔnokwafoɔ ne deɛ ɔhyɛɛ bɔ no, na momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yɛnnnyae yɛn ho yɛn ho nhyiamu, sɛdeɛ ebinom yɛ no, na mmom momma yɛntutu yɛn ho yɛn ho fo, berɛ dodoɔ a mohunu sɛ Ɛda no rebɛn. Na sɛ yɛnya nya nokorɛ no mu nimdeɛ, na akyire yi yɛboapa kɔyɛ bɔne a, na bɔne ho afɔdeɛ biara nni hɔ bio, na mmom deɛ aka ne atemmuo akwanhwɛ a ɛyɛ hu bi, ne ogya a ɛrebɛhye atamfoɔ no pasaa. Sɛ obi to Mose mmara a, ɔkwati mmɔborɔhunu gyina adansefoɔ baanu anaa baasa anomu asɛm so wu. Akatua a ɛnyɛ koraa bɛn na mususu sɛ ɛsɛ sɛ wɔde bɛtua deɛ watiatia Nyankopɔn Ba no soɔ, na wabu apam mogya a wɔde ate ne ho no ahuhudeɛ, na wasopa adom honhom no? Na yɛnim deɛ ɔkaa sɛ: Me na aweretɔ wɔ me, me na mɛtua ka. Na bio: Awurade bɛbu ne man atɛn. Onyankopɔn a ɔte aseɛ no nsa mu hweɛ yɛ hu. Na monkae sɛ kane nna a monyaa hann no, momiaa mo ani hunuu ɔko bebree mu amane. Ebi ne sɛ, monam ahohora ne ahohia so yɛɛ adwasodeɛ, ebi nso ne sɛ moyɛɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn saa no mfɛfoɔ. Na momaa nneduafoɔ amaneɛ kaa mo, mode anigyeɛ nso penee mo nnoɔma fom sɛ monim sɛ mowɔ ahodeɛ a ɛyɛ kyɛne soɔ ɔsoro a ɛtena hɔ. Enti monnto mo nnamyɛ a ɛwɔ akatua kɛseɛ no nntwene. Na boasetɔ hia mo, na sɛ mowie deɛ Onyankopɔn pɛ no yɛ a, mo nsa aka bɔhyɛ no. Na aka kakraa bi na deɛ ɔbɛba no aba, na ɔrenkyɛ. Na deɛ ɔtene no firi gyidie mu bɛnya nkwa, na sɛ ɔtwe ne ho a, me kra ani rensɔ no. Na yɛn deɛ, yɛmfra wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛeɛ mu mu, na mmom yɛfra wɔn a wɔgye die na wɔkɔ nkwagyeɛ mu mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na afei gyidie ne adeɛ a yɛn ani da soɔ ho ahotosoɔ ne nnoɔma a yɛnhunu ho adansegyeɛ. Na yei mu na tetefoɔ no nyaa adanseɛ pa. Gyidie na yɛde te aseɛ sɛ wiase ahodoɔ wɔde Nyankopɔn asɛm na ɛsiesieeɛ, enti deɛ ani tua firi nnoɔma a ɛnna adie mu na ɛbaeɛ. Gyidie na Habel de bɔɔ afɔdeɛ a ɛso kyɛne Kain deɛ maa Onyankopɔn. Ɛno so na ɔnam nyaa adanseɛ sɛ ɔtene, ɛfiri sɛ Onyankopɔn dii n’ayɛyɛdeɛ ho adanseɛ, na ɛno so na sɛ ɔwui mpo a, ɔda so kasa. Gyidie nti na wɔfaa Henok kɔeɛ na wanhunu owuo; na wɔanhu no, ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛfaa no kɔeɛ ntira; na ansa na wɔrebɛfa no akorɔ no, ɔnyaa adanseɛ sɛ ɔsɔ Nyankopɔn ani. Na sɛ gyidie nni mu a, obi ntumi nsɔ ani. Na ɛsɛ deɛ ɔba Nyankopɔn nkyɛn no sɛ, ɔgye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyiri kwan no katuafoɔ. Gyidie na deɛ wɔnnya nhunuu ɛho nsɛm baa Noa nkyɛn no, ɔde daa ne ho so siesiee adaka maa ne fie nkwagyeɛ, ɛno so na ɔnam buu wiase fɔ, na ɔyɛɛ gyidie ho tenenee ɔdedifoɔ. Gyidie na wɔfrɛɛ Abraham no, ɔde setie firi kɔɔ baabi a daakye ɔbɛnya hɔ sɛ agyapadeɛ, na ɔfirii adi a na ɔnnim deɛ ɔrekorɔ. Gyidie na ɔde kɔyɛɛ ɔhɔhoɔ bɔhyɛ asase no so, sɛ ananafoɔ deɛ soɔ, na ɔne bɔhyɛ korɔ no ara adedifoɔ Isak ne Yakob tenaa ntomadan mu. Na ɔtwɛn kuro a ɛwɔ fapem a ne kyekyefoɔ ne yɛfoɔ ne Onyankopɔn. Gyidie na Sara nso de nyaa ahoɔden nyinsɛneeɛ, ɛberɛ a watra ne nyini mu, ɛfiri sɛ ɔbuu deɛ ɔhyɛɛ bɔ no nokwafoɔ. Enti nso na ɔbaako a ɔwuiɛ mpo woo nnipa a wɔdɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea a wɔntumi nkan. Gyidie so na yeinom nyinaa wuwuiɛ a wɔn nsa anka bɔhyɛ no, na mmom wɔhunuu akyirikyiri nko gye diiɛ, yɛɛ no atuu kaa sɛ, wɔyɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ wɔ asase so. Na wɔn a wɔka saa no, wɔde kyerɛ sɛ wɔhwehwɛ kuro bi a ɛbɛyɛ wɔn ara wɔn dea. Na sɛ wɔn akoma da deɛ wɔfiri mu baeɛ no so a, anka wɔwɔ akwannya sɛ wɔbɛsane akɔ hɔ. Na afei wɔrehwehwɛ kuro a ɛyɛ kyɛne soɔ a ɛne ɔsoro deɛ. Enti ɛnyɛ Onyankopɔn aniwu sɛ wɔbɛfrɛ no wɔn Nyankopɔn, ɛfiri sɛ wasiesie kuro bi ama wɔn. Gyidie nti na wɔsɔɔ Abraham hwɛeɛ no, ɔde Isak kɔbɔɔ afɔdeɛ, na deɛ ɔgyee bɔhyɛ no, de ne ba korɔ no kɔmae. Ɔno na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Isak mu na wɔbɛfrɛ w’asefoɔ. Ɔsusuu sɛ Onyankopɔn bɛtumi anyane no afiri awufoɔ mu mpo. Ɛhɔ nso na ɔnyaa no bio, akasabebuo mu. Gyidie na Isak de hyiraa Yakob ne Esau, nnoɔma a ɛbɛba ho. Gyidie na Yakob rebɛwuo no, ɔde hyiraa Yosef mma baanu no, na ɔmiaa ne pomatire so sɔree. Gyidie na Yosef regyae ne honhom mu no, ɔde bɔɔ Israel mma fire a wɔrebɛfiri akɔ no din, na ɔhyɛɛ ne nnompe ho samanseɛ. Gyidie na wɔwoo Mose no, n’awofoɔ de koraa no abosome mmiɛnsa, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ abɔfra no ho yɛ fɛ, na wɔansuro ɔhene mmara no. Gyidie nti na Mose nyiniiɛ no, wampɛ sɛ wɔfrɛ no Farao babaa ba, na ɔyii sɛ ɔne Nyankopɔn man bɛhunu amane mmom kyɛne sɛ ɔbɛte bɔne mu dɛ nna tiaa bie. Ɔbuu Kristo ahohora sɛ ahonya kɛseɛ senee Misraim ahonyadeɛ, ɛfiri sɛ ɔhwɛɛ akatua no. Gyidie nti na ɔgyaa Misraim hɔ, na wansuro ɔhene abufuo, na mmom ɔmiaa n’ani tenaa mu sɛdeɛ ɔhunu deɛ wɔnhunuu no no. Gyidie na ɔde dii Twam ne mogyapete no, na mmakan no sɛefoɔ no anka wɔn. Gyidie na wɔde twaa Mmɛwa Po no sɛ fam a awoɔ. Ɛno na Misraimfoɔ resɔ ahwɛ no, ɛmenee wɔn. Gyidie nti na Yeriko afasuo a wɔtwaa ho hyiaa nnanson no dwiriiɛ. Gyidie nti na odwamamfoɔ Rahab a ɔgyee akwansrafoɔ no asomdwoeɛ soɔ no ansɛe amfra wɔn a wɔannye annie no mu. Na ɛdeɛn na menka bio? Na sɛ mereka Gideon, Barak, Samson, Yefta, Dawid ne Samuel ne adiyifoɔ no ho asɛm a, anka adagyeɛ bɛbɔ me. Wɔn na wɔnam gyidie so ko dii ahennie ahodoɔ so nkonim, dii asɛntenenee, nyinyaa bɔhyɛ, sii agyata ano, dumm ogya tumi, dwanee nkrantɛ ano, nyaa ahoɔmmerɛ mu ahoɔden, yɛɛ ɔko mu ahoɔdenfoɔ, kaa ananafoɔ mpasua guiɛ. Mmaa nsa kaa wɔn awufoɔ a wɔasɔreɛ; na ebinom nso, wɔde wɔn goroo atɔprɛ, na wɔampɛ ɔgyeɛ, na wɔn nsa aka owusɔreɛ a ɛyɛ kyɛne soɔ. Na afoforɔ hunuu animguasedeɛ ne ɔhweɛ, mpokyerɛ ne afiase nna nso. Wɔsii wɔn aboɔ, de sradaa paee wɔn mu, sɔɔ wɔn hwɛɛ, de nkrantɛ kunkumm wɔn. Wɔkyinii nnwanten ne mmirekyie nwoma mu, ɛhiaa wɔn, wɔn ho dwanee wɔn, wɔhunuu amane. Wɔn a wɔnsɛ wiase, wɔkyinkyinii ɛserɛ so, ne mmepɔ so, abodan ne asase so abɔn mu. Na yeinom nyinaa a wɔnam gyidie so nyaa adanseɛ pa no, wɔn nsa anka bɔhyɛ no, ɛfiri sɛ Onyankopɔn asiesie biribi a ɛyɛ kyɛne soɔ asie yɛn, na wɔankwati yɛn anyɛ wɔn pɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Saa nti yɛn nso, ɛnam sɛ yɛwɔ adansefoɔ pii a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛnto adesoa biara ne bɔne a ɛnkyɛ na ɛtwa yɛn ho hyia si yɛn kwan no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu akansie a ɛda yɛn anim no mu mmirika, nhwɛ gyidie mu kannifoɔ ne ne wiefoɔ Yesu a ɔhwɛɛ anigyeɛ a ɛda n’anim too ne bo ase hunuu asɛnnua amaneɛ, na wammu aniwuo, na wakɔtena Nyankopɔn ahennwa nifa. Na monsusu deɛ ɔtoo ne bo ase, tiee ntuatuaano a nnebɔneyɛfoɔ de tuaa n’ano bebree no ho yie, na moammrɛ, na mo kra antɔ piti. Mo ne bɔne redi ako yi, monnya nsii ano nkɔduruu mogyahwiegu mu, na mo werɛ afi afotuo a ɛkasa kyerɛ mo sɛ mma no, sɛ: Me ba, mmu Awurade asotwe ade ketewa, nanso ɔyi wo atɛn a, mma w’aba mu mmu. Na deɛ Awurade dɔ no no na ɔtwe n’aso, na ɔhwe ɔba biara a ɔgye no. Sɛ mohunu asotwe mu amane tena mu a, Onyankopɔn yɛ mo sɛ mma. Na ɔba bɛn na ɔwɔ hɔ a n’agya ntwe n’aso? Na sɛ monni asotwe a wɔn nyinaa anya bie no bi a, ɛnneɛ na moyɛ adwaman mma, na ɛnyɛ mma mapa. Bio, yɛwɔ yɛn honam fam agyanom sɛ asotwefoɔ na yɛfɛre wɔn. Adɛn nti na yɛmmfa yɛn ho nhyɛ ahonhom Agya no ase, nkyɛne saa pii mmom, na yɛatena ase? Na wɔn deɛ, wɔtwee yɛn aso nna kakraa bi, sɛdeɛ ɛyɛ wɔ wɔn ani soɔ no nko, na ɔno deɛ, yɛn yie nti na ɔtwe yɛn aso, na yɛanya n’ahoteɛ no bi. Na asotwe biara, seesei deɛ, ɛnyɛ yɛn sɛ anigyedeɛ, na mmom awerɛhodeɛ, nanso akyire yi no, ɛso asomdwoeɛ aba a ɛyɛ tenenee ma wɔn a wɔnam so asɔ wɔn ahwɛ no. Enti momma nsa a emu agoɔ ne nkotodwe a ahodwo no mu nyɛ den bio. Na monsiesie ɔkwan tenenee mma mo anan, na deɛ atɔ apakye no antere ho, na mmom wɔasa no yadeɛ. Monni mo ne nnipa nyinaa ntam asomdwoeɛ ne ahoteɛ a obi kwati a, ɔrenhunu Awurade no akyiri. Na monhwɛ yie na obi amfiri Nyankopɔn adom no ho anka akyi, na wannyɛ te sɛ nhini nwononwono bi amfiri anyɛ ɔhaw biara, na wamfa nkekaeɛ ammɛkeka nnipa bebree, na obi anyɛ odwamamfoɔ anaa ohuhuni sɛ Esau a ɔtɔnee n’abakan gyee aduane korɔ. Na monim sɛ, akyire yi nso a ɔpɛɛ sɛ ɔnya nhyira no, wɔpaa no, na ɔde nisuo hwehwɛɛ adwensakyera kwan deɛ, nanso wanhunu. Na moamma bepɔ a wɔde nsa ka no ho, ne ogya a ɛrehyeɛ ne mununkum kusuu ne esum ne mframa a ɛbɔ huu ne totorobɛnto gyegyeɛ ne nsɛm nne a wɔn a wɔteeɛ no srɛɛ sɛ wɔmmfa asɛm bi nnka wɔn ho bio no ho. Na wɔantumi deɛ wɔhyɛeɛ a ɛse: Na sɛ aboa bi mpo ho kɔka bepɔ no a, wɔnsi no aboɔ. Na deɛ ɛpueeɛ no yɛ hu pii nti, Mose kaa sɛ: Mesuro, na me ho popo! Na mmom moaba Sion bepɔ ne Onyankopɔn teasefoɔ kuro, ɔsoro Yerusalem ho, ne abɔfoɔ mpempem nhyiamu, ne mmakan a wɔatwerɛ wɔn din wɔ ɔsoro no badwa, ne Onyankopɔn, nnipa nyinaa temmufoɔ no, ne ateneneefoɔ a wɔayɛ pɛ ahonhom, ne Apam Foforɔ ntamgyinafoɔ Yesu, ne mogya a wɔpete a ɛkasa yie sene Habel deɛ ho. Monhwɛ na moampo deɛ ɔkasa no. Na sɛ wɔn a wɔpoo deɛ ɔkasaa asase soɔ no amfiri ne nsa a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛn mmom a sɛ yɛdane firi deɛ ɔfiri soro kasa no ho a, yɛbɛdwane? Ɔno na ɛberɛ no mu ne nne wosoo asase, na afei wahyɛ bɔ sɛ: Mɛwoso prɛko bio, ɛnyɛ asase nko, na ɔsoro nso. Na asɛm “prɛko bio” no kyerɛ nnoɔma a wɔwosoɔ no nsakyeraeɛ, sɛ ɛyɛ adeɛ a wɔayɛ, na nnoɔma a ɛnwosoɔ no atena hɔ. Enti ɛnam sɛ yɛanya ahennie a ɛnwosoɔ yi, momma yɛmfa aseda mmra mfa so nsom Onyankopɔn sɛdeɛ ɛsɔ n’ani wɔ fɛreɛ ne ahodasoɔ mu. Ɛfiri sɛ yɛn Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Onuadɔ ntena hɔ daa. Ahɔhoyɛ nso, mommma mo ani mmpa so; ɛfiri sɛ yei so na ebinom nam yɛɛ abɔfoɔ hɔhoɔ a wɔn ani nni soɔ. Monkae nneduafoɔ, sɛdeɛ mo ne wɔn na ɛda afiase, ne wɔn a wɔhunu amane biara, sɛ mo ara nso moda so wɔ honam mu yi. Wɔnni awadeɛ ni, ade nyinaa mu, na wɔnngu awadeɛ mpa ho fi; ɛfiri sɛ nnwamamfoɔ ne awaresɛefoɔ deɛ, Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn. Mommma sikanibereɛ mmma mo abrabɔ mu, na mo ani nsɔ deɛ mowɔ no; ɛfiri sɛ ɔno ara aka sɛ: Merennya wo, nanso merempa wo da. Na ɛma yɛde nnamyɛ ka sɛ: Awurade ne me boafoɔ, merensuro. Onipa bɛtumi ayɛ me deɛn? Monkae mo mpanimfoɔ a wɔaka Nyankopɔn asɛm akyerɛ mo. Monhwɛ wɔn abrabɔ awieeɛ nsua wɔn gyidie. Yesu Kristo te sɛdeɛ ɔteɛ nnora, ɛnnɛ, ɛne daapem nyinaa. Mommma nkyerɛkyerɛ ahodoɔ ne nsɛm foforɔ mmfa mo nnkyinkyini, na ɛyɛ sɛ wɔde adom hyɛ akoma den, na ɛnyɛ nnuane a wɔn a wɔdiiɛ no nni ho mfasoɔ biara. Yɛwɔ afɔrebukyia a wɔn a wɔsom ntomadan no nni ho kwan sɛ wɔdi ho biribie. Na mmoa a bɔne nti ɔsɔfo panin de wɔn mogya kɔ kronkron mu no, wɔhye wɔn afunu nsra no akyiri. Na Yesu nso, deɛ ɛbɛyɛ na ɔde ɔno ara ne mogya ate ɔman no ho nti, ɔhunuu amane, kuro no pono akyi. Ɛno nti momma yɛmfiri adi nkɔ ne nkyɛn nsraban no akyiri nkɔsoa n’ahohora. Na yɛnni kuro a ɛwɔ hɔ daa wɔ ha, na mmom deɛ ɛbɛba no akyiri kwan na yɛhwehwɛ. Enti momma yɛmfa ne so mmɔ Nyankopɔn ayeyie afɔdeɛ daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no. Na yieyɛ ne adekyɛ na mommma mo ani mmpa soɔ, ɛfiri sɛ saa afɔrebɔ no sɔ Nyankopɔn ani. Montie mo mpanimfoɔ na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, ɛfiri sɛ wɔn na wɔwɛn mo kra sɛ wɔn a wɔbɛbu ho akonta, na wɔde anigyeɛ ayɛ, na ɛnyɛ ahomeguo; ɛfiri sɛ yei nyɛ mfasoɔ biara mma mo. Mommɔ mpaeɛ mma yɛn; ɛfiri sɛ yɛnim pefee sɛ yɛwɔ ahonim pa, pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra yie nnoɔma nyinaa mu. Na mesrɛ mo ara yie sɛ monyɛ yei, na wɔagyae me ama mo ntɛm pa. Na asomdwoeɛ Nyankopɔn a ɔnam daa apam no mogya soɔ, ayi nnwan no hwɛfoɔ kɛseɛ a ɔne yɛn Awurade Yesu afiri awufoɔ mu no, ɔnsiesie mo adepa biara mu mma monyɛ deɛ ɔpɛ, na ɔmfa Yesu Kristo so nyɛ mo mu ade a ɛsɔ n’ani. Ɔno na animuonyam nka no daa daa. Amen. Anuanom, mesrɛ mo sɛ, montie afotusɛm yi; ɛfiri sɛ matwerɛ no nsɛm tiaa bi mamane mo. Monhunu sɛ wɔagyaa yɛn nua Timoteo; na sɛ ɔba ntɛm pa a, me ne no bɛba abɛhu mo. Monkyea mo mpanimfoɔ nyinaa ne ahotefoɔ nyinaa. Wɔn a wɔfiri Italia kyea mo. Adom nka mo nyinaa. [Amen.]
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mfitiaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase. Na asase da hɔ hunu a ɛnni bɔbea biara, na esum wɔ ebunu no ani. Na Onyankopɔn honhom butu nsuo no ani. Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ɛnyɛ hann! Na ɛyɛɛ hann. Na Onyankopɔn hunuu hann no sɛ ɛyɛ. Na Onyankopɔn paee hann ne esum no mu. Na ɔfrɛɛ hann no sɛ adekyee, ne esum no adesae. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛdi kan ne no. Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ewiem mmra, na ɛmmɛpae nsuo no mu. Na Onyankopɔn yɛɛ ahunumu ntrɛmu. Na ɔpaee nsuo a ɛwɔ ewiem no aseɛ ne deɛ ɛwɔ ewiem no soɔ no mu. Na ɛyɛɛ saa. Na Onyankopɔn frɛɛ ewiem no ɔsoro. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so mmienu ne no. Na Onyankopɔn kaa sɛ: Nsuo a ɛwɔ ɔsoro aseɛ no mmoaboa ano wɔ faako, na wɔnhunu asase pɛsɛɛ. Na ɛyɛɛ saa. Na Onyankopɔn frɛɛ pɛsɛɛ no asase, na nsuo mmoano no, ɔfrɛɛ no ɛpo. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ. Na Onyankopɔn kaa sɛ: Asase mfifiri nwira, mfudeɛ, nnuaba sɛdeɛ wɔn su teɛ wɔ asase so. Na ɛyɛɛ saa. Na asase fifirii nwira ne nnuaba sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne no. Na Onyankopɔn kaa sɛ: Nkanea mmra ewiem, na ɛmmɛpae awia ne anadwo mu, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma mmerɛ, nna ne mfeɛ nkyekyɛmu. Bio, na ɛnyɛ nkanea wɔ ewiem, na ɛnhyerɛn wɔ asase so. Na ɛyɛɛ saa. Na Onyankopɔn yɛɛ nkanea akɛseɛ mmienu no, sɛ kɛseɛ no nni adekyeeɛ so, na ketewa no, sɛ ɛnni anadwo so. Ɔyɛɛ nsoromma nso. Na Onyankopɔn de sisii ewiem sɛ ɛnhyerɛn wɔ asase so, na ɛnni adekyeeɛ ne adesaeɛ so, na ɛmpae hann ne esum no mu. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so nnan ne no. Na Onyankopɔn kaa sɛ: Nsuo no nnɔre abɔdeɛ a ɛte aseɛ pii, na ntakraboa ntu mfa asase so wɔ ewiem. Na Onyankopɔn bɔɔ nsuboa akɛseɛ ne nketewa ahodoɔ sɛdeɛ wɔn su teɛ; ne ntakraboa nyinaa sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ. Na Onyankopɔn hyiraa wɔn sɛ: Monwo, na monnɔ, na monyɛ ɛpo mu ma, na ntakraboa nnɔɔso asase so. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so nnum ne no. Na Onyankopɔn kaa sɛ: Abɔdeɛ a ɛtete aseɛ mfiri asase mu mmra, sɛdeɛ wɔn su teɛ: Ntɔteboa a ɛwɔ fie ne wiram ne mmoa a wɔwea ne asase so mmoadoma, sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na ɛyɛɛ saa. Na Onyankopɔn yɛɛ asase so mmoadoma, ntɔteboa ne mmoa a wɔwea fam nyinaa sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ. Na Onyankopɔn kaa sɛ: Momma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛ yɛn nsɛsoɔ, na wɔnni ɛpo mu mpataa, ewiem nnomaa, ntɔteboa, ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa so. Na Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so. Aane, Nyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no, ɔbarima ne ɔbaa na ɔbɔɔ wɔn. Na Onyankopɔn hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔre, na monyɛ asase so ma, na monya so tumi; na monni ɛpo mu mpataa ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwɔ asase soɔ nyinaa so. Na Onyankopɔn kaa sɛ: Hwɛ, mede mfudeɛ a ɛwɔ asase ani nyinaa ne nnuaba nyinaa mama mo sɛ ɛnyɛ mo aduane. Na asase so mmoadoma nyinaa ne ewiem nnomaa nyinaa ne mmoa a wɔwea asase soɔ nyinaa, mede nhahan mono mama wɔn sɛ wɔnni. Na ɛyɛɛ saa. Na Onyankopɔn hunuu deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, na hwɛ, ɛyɛ pa ara. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so nsia ne no.

Twi Text-to-Speech

Downloads last month
0
Edit dataset card