Audio
stringlengths
109
111
Transcript
stringlengths
131
10.4k
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛkɔm no mu yɛɛ den wɔ asase no so. Na wɔwiee aduane a wɔde firi Misraim baeɛ no die no, wɔn agya ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monsane nkɔtɔ aduane kakra mmrɛ yɛn. Na Yuda ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbarima no hyɛɛ yɛn ketee sɛ: Sɛ mo nua no nka mo ho a, monnsi m’anim. Na sɛ worema yɛn nua ne yɛn akɔ a, ɛnneɛ yɛbɛsiane akɔtɔ aduane abrɛ wo. Na sɛ woremma no nkɔ a, ɛnneɛ yɛrensiane nkɔ hɔ, ɛfiri sɛ ɔbarima no ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Sɛ mo nua no nka mo ho a, monsi m’anim. Na Israel kaa sɛ: Adɛn nti na moyɛ me bɔne seyie, sɛ moka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ mowɔ nua bie? Na wɔse: Bisa na ɔbarima no bisaa yɛn, yɛn ne yɛn abusua ho asɛm sɛ: Mo agya da so te ase anaa? Mowɔ nua bi anaa? Deɛ ɔbisabisaeɛ yi ara na yɛbuaeɛ. Yɛbɛyɛ dɛn ahunu sɛ ɔbɛbisa yɛn sɛ: Momfa mo nua mmra? Na Yuda ka kyerɛɛ n’agya Israel sɛ: Ma abɔfra no ne me nkɔ, na yɛnsim nkɔ, na yɛne wo ne yɛn mma atena ase, na yɛanwu. Medi ne ho agyinamu; me nsam na hwehwɛ no. Sɛ mamfa no mammrɛ wo ammɛgyina w’anim a, ɛnneɛ mayɛ wo bɔne daa nyinaa. Sɛ yɛantwentwɛn a, anka sɛsɛɛ yɛakɔ aba mprenu. Na wɔn agya Israel ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ ɛte saa a, ɛnneɛ monyɛ yei: Momfa asase yi so nnepa ngu mo adeɛ mu, na momfa ayɛyɛdeɛ nkɔma ɔbarima no, akyenkyennuro kakra, ɛwoɔ kakra, ohwam, kurobo, nkateɛ ne sorɔno aba nkɔma ɔbarima no. Na momfa dwetɛ foforɔ nkura, ne dwetɛ a wɔdane maa mo wɔ mo nkotokuo ano no, monkura nsane nkɔ; ebia ɛyɛ anifasoɔ. Na momfa mo nua no, na monsim nsane nkɔ ɔbarima no nkyɛn. Na Onyankopɔn Tweaduampɔn mma ɔbarima no nhu mo mmɔbɔ, na ɔnnyaa mo nua no ne Benyamin mma mo. Na me deɛ, me mma firi me nsa a, na wɔafiri me nsa! Na mmarima no faa ayɛyɛdeɛ no, na wɔfaa dwetɛ mmɔho kurae ne Benyamin, na wɔsɔre siane kɔɔ Misraim kɔgyinaa Yosef anim. Na Yosef hunuu Benyamin sɛ ɔka wɔn ho no, ɔka kyerɛɛ ne fie panin sɛ: Fa nnipa yi kɔ fie, na kum mmoa siesie yɛ aduane, na nnipa yi ne me rebɛdidi awia yi. Na ɔbarima no yɛɛ sɛdeɛ Yosef kaeɛ no, na ɔde nnipa no kɔɔ Yosef fie. Na nnipa no suroo sɛ wɔde wɔn akɔ Yosef fie, na wɔkaa sɛ: Dwetɛ a ɛsane kekaa yɛn nkotokuo mu kane no nti na wɔde yɛn aba ha yi, na wabɛtoa yɛn ato ahyɛ yɛn so afa yɛn ne yɛn mfunumu ayɛ nkoa. Na wɔtwe pinii Yosef fie panin no ne no kasae wɔ efie no pono ano sɛ: Owura, yɛpa wo kyɛw, yɛsiane baa ha kane bɛtɔɔ aduane. Na yɛkɔduruu asoɛeɛ na yɛsanesanee yɛn nkotokuo ano no, na hwɛ, yɛn nyinaa dwetɛ hyehyɛ yɛn nkotokuo ano, yɛn dwetɛ sɛdeɛ wɔkariiɛ no pɛ, na yɛkura de asane aba. Nso yɛkura dwetɛ foforɔ aba de rebɛtɔ aduane. Yɛnnim onii ko a ɔde yɛn dwetɛ no hyehyɛɛ yɛn nkotokuo no mu. Na ɔse: Asomdwoeɛ nka mo, monnsuro. Mo Nyankopɔn ne mo agya Nyankopɔn ama mo mo nkotokuo mu ademudeɛ, mo dwetɛ no kaa me nsa. Na ɔyii Simeon brɛɛ wɔn. Na ɔbarima no de nnipa no hyɛnee Yosef fie, na ɔmaa wɔn nsuo hohoroo wɔn nan ho, na ɔmaa wɔn mfunumu aduane. Na wɔsiesiee ayɛyɛdeɛ no twɛn ba a Yosef bɛba awigyina no, ɛfiri sɛ na wɔate sɛ wɔrebɛdidi hɔ. Na Yosef baa fie no, wɔde ayɛyɛdeɛ a wɔkura no kɔɔ ɛdan mu kɔmaa no, na wɔkotoo fam wɔ n’anim. Na Yosef bisaa wɔn sɛ wɔn ho yɛ anaa; na ɔse: Mo agya akɔkoraa a mokaa ne ho asɛm no ho yɛ anaa? Ɔda so te ase anaa? Na wɔse: W’akoa, yɛn agya no ho yɛ, ɔda so te ase. Na wɔbobɔɔ wɔn mu ase kotoo no. Na ɔmaa n’ani so hunuu ne nua Benyamin, ne na ba no, ɔbisaa sɛ: Mo nua kumaa a mokaa me ne ho asɛm no ni anaa? Na ɔse: Onyankopɔn nnom wo, me ba. Na Yosef yɛɛ no ntɛm, ɛfiri sɛ na ɔnhunu deɛ ɔnyɛ wɔ ne nua no ho, na na ɔrehwehwɛ baabi akɔsu, na ɔhyɛnee ne pia mu kɔsuu wɔ hɔ. Na ɔhohoroo n’anim, na ɔfirii adi, na ɔhyɛɛ ne ho so kaa sɛ: Momfa aduane mmɛsisi hɔ. Na wɔde ne deɛ sii fa, na wɔde wɔn deɛ sisii fa, na wɔde Misraimfoɔ a wɔne no redidie no deɛ sisii fa, ɛfiri sɛ Misraimfoɔ ne Hebrifoɔ ntumi nnidi, na Misraimfoɔ kyi. Na wɔbɛtenatenaa n’anim, ɔpanin sɛdeɛ ne panin teɛ, ne akumaa sɛdeɛ n’akumaa teɛ, na ɛyɛɛ nnipa no nyinaa nwanwa. Na wɔgyegyee aduane no firii n’anim brɛɛ wɔn, na Benyamin deɛ boroo wɔn nyinaa deɛ so mprenum. Na wɔnonnomee, na wɔne no ani gyee.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yosef hyɛɛ ne fie panin no sɛ: Fa aduane dodoɔ a wɔbɛtumi asoa hyehyɛ nnipa no nkotokuo mu amaama. Fa wɔn mu biara dwetɛ hyɛ ne kotokuo ano, na fa me kuruwa, mekyerɛ dwetɛ kuruwa no, hyɛ akumaa no kotokuo ano ka n’aburoo dwetɛ no ho. Na ɔyɛɛ sɛdeɛ Yosef kaeɛ no. Adeɛ kyeeɛ ara pɛ, na wɔgyaa mmarima no ne wɔn mfunumu kwan. Wɔfirii kuro no mu kɔeɛ na wɔnnya nnuruu akyirikyiri no, Yosef ka kyerɛɛ ne fie panin no sɛ: Sɔre, ti mmarima no, na sɛ woto wɔn a, ka kyerɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na mode bɔne tua papa ka? Ɛnyɛ yei na me wura nom mu na ɔde yɛ ne nyankomadeɛ anaa? Deɛ moayɛ yi, moayɛ bɔne. Na ɔkɔtoo wɔn no, ɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ wɔn. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na me wura ka saa nsɛm yi? Ɛmpare wo nkoa sɛ wɔbɛyɛ saa adeɛ yi. Hwɛ, dwetɛ a yɛhunuu no yɛn nkotokuo ano no, yɛde asane afiri Kanaan asase so abrɛ wo; na ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛwia wo wura fie dwetɛ anaa sika? Wo nkoa yi mu deɛ wobɛhunu no ne nkyɛn no, ma no nwu, na yɛn nso yɛbɛyɛ me wura nkoa. Na ɔse: Ɛnyɛ sɛdeɛ moseɛ no. Na deɛ wɔbɛhunu no ne nkyɛn no nyɛ m’akoa, na mo deɛ, mobɛdi bem. Ɛnna wɔn nyinaa yɛɛ ntɛm soɛsoɛɛ wɔn nkotokuo totoo fam, na wɔsanesanee wɔn nkotokuo ano. Na ɔhwehwɛe, ɔfirii aseɛ firi ɔpanin no deɛ so de kɔsii akumaa no deɛ so. Na wɔhunuu kuruwa no wɔ Benyamin kotokuo mu. Ɛnna wɔsunsuanee wɔn ntadeɛ mu, na wɔde wɔn nnesoa soasoaa wɔn mfunumu sane kɔɔ kuro no mu. Na Yuda ne ne nuanom baa Yosef fie, na ɔda so wɔ hɔ, na wɔhwehwee n’anim ase. Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdeɛn adeɛ na moayɛ yi? Monnim sɛ onipa a ɔte sɛ me nim nkɔmhyɛ anaa? Na Yuda kaa sɛ: Ɛdeɛn na yɛnse me wura? Na ɛdeɛn na yɛnka? Na yɛnyi yɛn ano sɛn? Onyankopɔn ahunu wo nkoa amumuyɛ. Hwɛ, yɛyɛ me wura nkoa, yɛne deɛ wɔhunuu ne nsam kuruwa no. Na ɔse: Ɛmpare me sɛ meyɛ saa. Na deɛ wɔhunuu kuruwa no wɔ ne nsa mu no, ɔno ara na ɔbɛyɛ m’akoa, na mo deɛ, monsim mfa asomdwoeɛ nkɔ mo agya nkyɛn. Ɛnna Yuda twe pinii no kaa sɛ: Me wura, mesrɛ wo, ma w’akoa nkasa me wura aso mu, na mma wo bo mmfu w’akoa, na wote sɛ Farao ara. Me wura bisaa ne nkoa sɛ: Mowɔ agya anaa nua bi? Na yɛka kyerɛɛ me wura sɛ: Yɛwɔ agya akɔkoraa ne ne nkɔkoraa ba kumaa bi. Ne nua awu, na ne na ba a aka ara ne no, na n’agya dɔ no. Na woka kyerɛɛ wo nkoa sɛ: Momfa no mmrɛ me, na memfa m’ani menhwɛ no. Na yɛsee me wura sɛ: Abɔfra no ntumi nnya n’agya hɔ, na sɛ ɔgya n’agya hɔ a, n’agya bɛwu. Na wosee wo nkoa sɛ: Sɛ mo nua kumaa no anka mo ho amma a, monnsi m’anim bio. Na yɛkɔɔ w’akoa, m’agya, nkyɛn no, yɛkaa me wura nsɛm no kyerɛɛ no. Na yɛn agya ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Monsane nkɔtɔ aduane kakra mmrɛ yɛn. Na yɛse: Yɛrentumi nsiane nkɔ. Sɛ yɛn nua kumaa no ka yɛn ho a, yɛbɛsiane akɔ. Yɛrentumi nkɔ ɔbarima no anim, gye sɛ yɛn nua kumaa no ka yɛn ho. Ɛnna w’akoa, yɛn agya, ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Mo ara monim sɛ mma baanu na me yere wo maa me. Na ɔbaako firii me nkyɛn kɔe, na mese: Ampa ara teteɛ na wɔatete no mu, na ɛfiri hɔ no, menhunuu no. Na sɛ mofa oyi nso firi me nkyɛn na mmusuo bi kɔto no a, mode me tiri dwono nam awerɛhoɔ mu na ɛbɛkɔ Asamando. Na afei sɛ mekɔ w’akoa, m’agya, nkyɛn na abɔfra yi nka yɛn ho a, — nso n’akoma da abɔfra yi ho, — ɛbɛba sɛ, sɛ ɔhunu sɛ abɔfra yi nka yɛn ho a, ɔbɛwu, na wo nkoa de w’akoa, yɛn agya, dwono nam awerɛhoɔ mu na ɛbɛkɔ Asamando. Na w’akoa dii abɔfra yi ho agyinamu wɔ m’agya anim sɛ: Sɛ mamfa no mammrɛ wo a, ɛnneɛ na mayɛ m’agya bɔne daa nyinaa. Na afei mesrɛ wo, ma w’akoa ntena ha nsi abɔfra no ananmu nyɛ me wura akoa, na ma abɔfra no ne ne nuanom nkɔ. Na sɛ abɔfra no nka me ho a, mɛkɔ m’agya anim sɛn? Ɛnneɛ na merekɔhunu bɔne a ɛbɛto m’agya no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Afei na Yosef ntumi nhyɛ ne ho so wɔ wɔn a wɔgyinagyina ne ho no nyinaa anim, na ɔteaa mu sɛ: Momma nnipa nyinaa mfiri me ho mfiri adi. Na Yosef reyi ne ho adie akyerɛ ne nuanom no, na onipa biara nnyina ne nkyɛn. Na ɔmaa ne nne so sui, na Misraimfoɔ no ne Farao fiefoɔ tee. Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Mene Yosef, m’agya da so te ase anaa? Na ne nuanom antumi ammua no, na mmom wɔn ho dwirii wɔn wɔ n’anim. Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Montwe mpini me. Na wɔtwe pinii no. Na ɔse: Mene mo nua Yosef a motɔn no baa Misraim no. Na afei mommma no nnyɛ mo ya, nso mo bo mmfu mo ho mo ho sɛ motɔn me baa ha, ɛfiri sɛ nkwagyeɛ nti na Onyankopɔn somaa me dii mo anim. Na mfeɛ mmienu ni a ɛkɔm aba asase yi soɔ, na aka mfeɛ nnum bio a funtum ne otwa nni mu. Na Onyankopɔn somaa me dii mo anim sɛ memma monnya nkaeɛ wɔ asase so, na mennye mo nkwa a ɛbɛma dodoɔ no ara afiri mu afire. Na afei ɛnyɛ mo na mosomaa me baa ha, na mmom Onyankopɔn na ɔde me abɛyɛ sɛ Farao n’agya ne ne fie nyinaa wura ne Misraim asase nyinaa sodifoɔ. Monyɛ ntɛm nkɔ m’agya nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: Sɛ wo ba Yosef seɛ nie: Onyankopɔn de me ayɛ Misraim nyinaa so wura. Siane bra me nkyɛn. Nkyɛ! Na bɛtena Gosen asase so, na woabɛn me, wo ne wo mma ne wo nananom ne wo nnwan ne w’anantwie ne deɛ wowɔ nyinaa, na mɛhwɛ wo wɔ hɔ, ɛfiri sɛ mfeɛ nnum kɔm da so reba, na ohia anhia wo ne wo fiefoɔ ne deɛ wowɔ nyinaa. Na hwɛ, mo ani ahunu, na me nua Benyamin nso ani ahunu sɛ m’ano na mede mekasa mekyerɛ mo yi. Na monka m’animuonyam a mewɔ wɔ Misraim nyinaa nkyerɛ m’agya ne deɛ moahunu nyinaa, na monyɛ ntɛm mfa m’agya nsiane mmra ha. Ɛnna ɔsɔɔ ne nua Benyamin kɔn mu na ɔsuiɛ; na Benyamin nso sui wɔ ne kɔn ho. Na ɔfefee ne nuanom nyinaa ano, na ɔsuu wɔ wɔn so, na ɛno akyiri no ne nuanom no ne no kasae. Na wɔtee nka wɔ Farao fie sɛ: Yosef nuanom aba. Na ɛsɔɔ Farao ne ne nkoa ani. Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Ka kyerɛ wo nuanom sɛ: Yei na monyɛ: Momfa nnoɔma nsoasoa mo mmoa no, na monkɔ Kanaan asase so nkɔfa mo agya ne mo fiefoɔ mmra me nkyɛn, na mɛma mo Misraim asase so deɛ ɛyɛ, na moadi asase no sradeɛ. Ka kyerɛ wɔn sɛ: Yei na monyɛ. Momfa nteaseɛnam mfiri Misraim asase so nkɔma mo mma ne mo yerenom, na monkɔfa mo agya mmra. Na mo nso monnwennwene mo nnoɔma ho, na Misraim asase nyinaa so deɛ ɛyɛ yɛ mo dea. Na Israel mma no yɛɛ saa. Na Yosef maa wɔn nteaseɛnam sɛdeɛ Farao anomu asɛm seɛ, na ɔmaa wɔn akwansoduane. Ɔmaa wɔn nyinaa ntadeɛ nsakyeraho mmaako mmaako, na Benyamin deɛ, ɔmaa no nnwetɛbena ahasa ne ntadeɛ nsakyeraho nnum. Na deɛ ɔde kɔmaa n’agya nso nie: Mfunumu du a wɔsoso Misraim nnepa no bie ne mfunumubereɛ du a wɔsoso aburoo ne paanoo ne akwansoduane a ɛbɛyɛ n’agya dea. Na ɔgyaa ne nuanom kwan maa wɔkɔe. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo bo nnkɔfu mo ho mo ho wɔ ɔkwan so oo! Ɛnna wɔfirii Misraim foro kɔɔ Kanaan asase so wɔn agya Yakob nkyɛn, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yosef da so te ase, na ɔdi Misraim asase nyinaa so. Na ne tirim yɛɛ no naa, ɛfiri sɛ na ɔnnye wɔn nni. Na wɔkaa nsɛm a Yosef aka akyerɛ wɔn no nyinaa kyerɛɛ no, na ɔhunuu nteaseɛnam a Yosef asoma de rebɛfa no no, wɔn agya Yakob ho sanee no. Na Israel kaa sɛ: Ɛdɔɔso, me ba Yosef da so te ase. Mɛkɔ makɔhu no ansa na mawu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Israel ne deɛ ɔwɔ nyinaa sii mu, na ɔduruu Beer-seba, na ɔbɔɔ afɔdeɛ maa n’agya Isak Nyankopɔn. Na Onyankopɔn nam anadwo anisoadehunu mu ka kyerɛɛ Israel sɛ: Yakob, Yakob! Na ɔse: Menie. Na ɔse: Mene Onyankopɔn, w’agya Nyankopɔn no. Nsuro sɛ wobɛsiane akɔ Misraim, na mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ wɔ hɔ. Me ne wo bɛsiane akɔ Misraim, na mede wo asane aba nso, na Yosef deɛ, ne nsa so na wo bɛwuo. Na Yakob sii mu firii Beer-seba; na Israel mma de wɔn agya Yakob ne wɔn mma ne wɔn yerenom tenatenaa nteaseɛnam a Farao soma maa wɔde kɔfaa no no mu. Na wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn ahodeɛ a wɔanya wɔ Kanaan asase soɔ no kɔɔ Misraim, Yakob ne n’asefoɔ nyinaa, ne mmammarima ne ne mmammarima mma ne ne mmammaa ne ne mmammarima mmammaa ne n’asefoɔ nyinaa, na ɔne wɔn kɔɔ Misraim. Na yeinom ne Israel mma a wɔkɔɔ Misraim no din, Yakob ne ne mma: Yakob abakan Ruben. Na Ruben mmammarima ne: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi. Na Simeon mmammarima ne: Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Kanaanni baa ba Saulo. Na Lewi mmammarima ne: Gerson, Kohat ne Merari. Na Yuda mmammarima ne: Er, Onan, Sela, Peres ne Sera; (na Er ne Onan wuu Kanaan asase so.) Na Peres mmammarima ne: Hesron ne Hamul. Na Isakar mmammarima ne: Tola, Puwa, Hiob ne Simron. Na Sebulon mmammarima ne: Sered, Elon ne Yakleel. (Yeinom ne Lea mmammarima a ɔwo maa Yakob wɔ Mesopotamia ne ne babaa Dina, ne mmammarima ne ne mmammaa nyinaa yɛ akra aduasa mmiɛnsa.) Na Gad mmammarima ne: Sifion, Hagi, Suni, Esbon, Eri, Arodi ne Areli. Aser mmammarima ne: Yimna, Isua, Isui, Beria ne wɔn nuabaa Sera. Na Beria mmammarima ne: Heber ne Malkiel. (Yeinom ne Silpa a Laban de no maa ne babaa Lea no mma a ɔwo maa Yakob, wɔyɛ akra dunsia.) Yakob yere Rahel mmammarima ne: Yosef ne Benyamin. Na Yosef mma a On sɔfoɔ Potifera babaa Asnat wo maa no Misraim asase soɔ ne: Manase ne Efraim. Na Benyamin mmammarima ne: Bela, Beker, Asbel, Gera, Naaman, Ehi, Ros, Mupim, Hupim ne Ard. (Yeinom ne Rahel mma a wɔwo maa Yakob, akra no nyinaa yɛ dunan.) Na Dan babarima ne: Husim. Na Naftali mmammarima ne: Yahseel, Guni, Yeser ne Silem. (Yeinom ne Bilha a Laban de no maa ne ba Rahel no mma a ɔwo maa Yakob, akra no nyinaa yɛ baason). Akra a wɔne Yakob kɔɔ Misraim a wɔfiri n’asene mu, Yakob mma yerenom mfram, akra no nyinaa yɛ aduosia nsia. Na Yosef mma a wɔwoo wɔn Misraim no yɛ akra baanu. Yakob fie akra a wɔbaa Misraim no nyinaa yɛ aduɔson. Na ɔsomaa Yuda dii n’anim kɔɔ Yosef nkyɛn sɛ ɔmmɛdi n’anim nkyerɛ no Gosen kwan. Na wɔduruu Gosen asase so. Na Yosef siesiee ne nteaseɛnam kɔhyiaa n’agya Israel wɔ Gosen. Na ɔde ne ho kɔkyerɛɛ no no, ɔsɔɔ ne kɔn mu, na ɔsui ara kyɛree wɔ ne kɔn ho. Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Afei a manya mahunu w’anim sɛ woda so te aseɛ yi, wɔmma menti nananom wɔ asamando. Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom ne n’agya fiefoɔ sɛ: Merekɔ makɔka akyerɛ Farao sɛ: Me nuanom ne m’agya fiefoɔ a wɔwɔ Kanaan asase soɔ no aba me nkyɛn. Na nnipa no yɛ nnwanhwɛfoɔ, na mmoa na wɔyɛne, na wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne deɛ wɔwɔ nyinaa aba. Na sɛ Farao bɛfrɛ mo, na ɔbisa mo sɛ: Mo adwuma ne sɛn a? Monse no sɛ: Wo nkoa yɛ mmoahwɛfoɔ firi yɛn mmɔfraase de bɛsi nnɛ, yɛn ne yɛn nananom, na moatena Gosen asase so, ɛfiri sɛ Misraimfoɔ kyiri mmoahwɛfoɔ nyinaa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yosef kɔka kyerɛɛ Farao sɛ: M’agya ne me nuanom ne wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne deɛ wɔwɔ nyinaa firi Kanaan asase so aba, na hwɛ, wɔwɔ Gosen asase so. Na ɔde ne nuanom mu baanum kɔgyinaa Farao anim. Na Farao bisaa ne nuanom no sɛ: Mo adwuma ne sɛn? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo nkoa yɛ mmoahwɛfoɔ, yɛn ne yɛn nananom nso. Na wɔka kyerɛɛ Farao bio sɛ: Yɛaba sɛ yɛrebɛtena asase yi so, ɛfiri sɛ wo nkoa nnya adidibea mma wɔn nnwan, ɛfiri sɛ ɛkɔm no mu yɛ den wɔ Kanaan asase so. Enti afei yɛsrɛ wo, ma wo nkoa ntena Gosen asase so. Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: W’agya ne wo nuanom aba wo nkyɛn. Misraim asase na ɛda w’anim yi, asase no mu deɛ ɛyɛ no, ma w’agya ne wo nuanom ntena hɔ. Ma wɔntena Gosen asase so. Na sɛ wonim sɛ wɔn mu bi yɛ nsiyɛfoɔ a, fa wɔn si me mmoa a mewɔ so. Na Yosef de n’agya Yakob kɔgyinaa Farao anim. Na Yakob hyiraa Farao. Na Farao bisaa Yakob sɛ: Wo nkwa mu mfirinhyia yɛ ahe? Na Yakob ka kyerɛɛ Farao sɛ: Me hɔhobea asetena mfirinhyia mu nna yɛ mfeɛ ɔha aduasa; me nkwa mfirinhyia mu nna yɛ kakraa bi ne amaneɛ nko, ɛnnuru me nananom nkwa mfirinhyia mu nna wɔ wɔn hɔhobea asetena nna mu. Na Yakob hyiraa Farao, na ɔfirii Farao anim kɔe. Na Yosef maa n’agya ne ne nuanom tenaberɛ, na ɔmaa wɔn asase wɔ Misraim wɔ deɛ asase no yɛ, wɔ Rameses asase so, sɛdeɛ Farao hyɛeɛ no. Na Yosef bɔɔ n’agya ne ne nuanom ne n’agya fiefoɔ nyinaa akɔnhoma, sɛdeɛ abusua biara dodoɔ teɛ. Na aduane nni asase biara so, na ɛkɔm no mu yɛɛ den yie maa Misraim asase ne Kanaan asase tɔɔ ɛkɔm no anim piti. Na Yosef prapraa sika a ɛwɔ Misraim asase ne Kanaan asase soɔ nyinaa wɔ aburoo a wɔbɛtɔeɛ no mu, na Yosef de sika no kɔɔ Farao fie. Na sika saa Misraimfoɔ ne Kanaanfoɔ ho no, Misraimfoɔ nyinaa baa Yosef nkyɛn sɛ: Ma yɛn aduane ɛ! Adɛn na sɛ sika asa nti, yɛnwuwu w’anim? Na Yosef se: Momfa mo mmoa mmra, na sɛ mo sika asa a, mɛma mo bi magye mo mmoa. Na wɔde wɔn mmoa bae, na Yosef maa wɔn aduane gyegyee apɔnkɔ, nnwan, anantwie ne mfunumu. Na ɔmaa wɔn aduane de gyee wɔn mmoa nyinaa afirinhyia no. Na afe no twaa mu no, afe a ɛdi soɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Yɛremfa nhunta me wura sɛ yɛn sika asa na mmoa akuakuo no yɛ me wura dea, na biribiara nkae wɔ me wura anim sɛ yɛn honam ne yɛn asase nko. Adɛn nti na yɛn ne yɛn asase nwu w’anim? Tɔ yɛn ne yɛn asase, na ma yɛn aduane, na yɛde yɛn ho ne yɛn asase bɛsom Farao. Ma yɛn aduaba, na yɛntena ase, na yɛanwu amma asase yi anna mpan. Na Yosef tɔɔ Misraim asase nyinaa maa Farao. Na Misraimfoɔ nyinaa tontɔnee wɔn mfuo, ɛfiri sɛ ɛkɔm no denee wɔn, na asase no danee Farao dea. Na nkurɔfoɔ no deɛ, ɔdanee wɔn nkoa, ɛfiri Misraim hyeɛ so kɔsi hyeɛ so. Gye asɔfoɔ nsase nko na wantɔ, ɛfiri sɛ na Farao ahyɛ kyɛfa bi ama asɔfoɔ no, na wɔdi wɔn kyɛfa a Farao de ma wɔn no nti, wɔantɔn wɔn asase. Na Yosef ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: Monhwɛ, ɛnnɛ matɔ mo ne mo asase mama Farao, na hwɛ, mo aduaba a momfa nkɔdua asase no soɔ nie. Na deɛ ɛbɛsoɔ no, momfa nkyekyɛmu nnum mu baako mma Farao, na emu abupɛn nnan no nyɛ mo dea, na mode bi adua mfuo mu, na mode bi ayɛ mo ne mo fiefoɔ ne mo mma aduane. Na wɔse: Woagye yɛn nkwa; ma yɛnnya me wura anim adom ara, na yɛbɛyɛ Farao nkoa. Na Yosef hyɛɛ yei ho mmara wɔ Misraim a ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ, sɛ wɔmfa Misraim asase so adeɛ biara nkyekyɛmu nnum mu baako mma Farao, gye asɔfoɔ asase nko na anyɛ Farao dea. Na Israel tenaa Misraim asase so wɔ Gosen, na wɔnyaa mu adeɛ, na wɔdɔree, na wɔn ase trɛɛ pa ara. Na Yakob tenaa Misraim asase so mfeɛ dunson, na Yakob nna, ne nkwa mfirinhyia, yɛ mfeɛ ɔha aduanan nson. Na Israel nna duruu sɛ ɔbɛwuo no, ɔfrɛɛ ne ba Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ manya w’anim adom a, fa wo nsa ka m’asene mu, na yɛ me adɔeɛ di me nokorɛ, na nsie me Misraim! Ɛda a mɛtoa nananom no, soa me firi Misraim kɔsie me wɔ me nananom amusieeɛ. Na ɔbuaa sɛ: Mɛyɛ sɛdeɛ woaka yi. Na ɔse: Ka me ntam. Na ɔkaa no ntam. Na Israel bɔɔ ne mu ase kyerɛɛ mpa no atifi.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na nsɛm yi akyiri no, wɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: Hwɛ, w’agya yare. Na ɔfaa ne mmabarima baanu, Manase ne Efraim kaa ne ho. Na wɔkɔka kyerɛɛ Yakob sɛ: Hwɛ, wo ba Yosef reba wo nkyɛn. Na Israel miaa n’ani tenaa ne mpa so. Na Yakob ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Onyankopɔn Tweaduampɔn yii ne ho kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase soɔ, na ɔhyiraa me ka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, mɛma woadɔ, na mama woadɔɔso, mɛyɛ wo aman asafo, na mede asase yi bɛma w’asefoɔ a wɔbɛdi w’akyire no sɛ daa agyapadeɛ. Na afei wo mma baanu a wowoo wɔn wɔ Misraim asase soɔ ansa na mereba wo nkyɛn wɔ Misraim no, wɔnyɛ me dea. Efraim ne Manase nyɛ me dea te sɛ Ruben ne Simeon. Na wo mma a wobɛnya wɔn wɔ wɔn akyiri no na ɛnyɛ wo dea, na wɔde wɔn nuanom din bɛfrɛ wɔn wɔ wɔn agyapadeɛ mu. Na me deɛ, mefiri Padan baeɛ no, Rahel wui m’anim wɔ Kanaan asase so wɔ kwan mu, na aka kwantiaa bi na wɔaduru Efrat, na mesiee no hɔ wɔ Efrat (a ɛne Betlehem) no kwan nkyɛn. Na Israel hunuu Yosef mma no, ɔkaa sɛ: Hwannom nie? Na Yosef ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɛyɛ me mma a Onyankopɔn de ama me wɔ ha yi. Ɛnna ɔse: Fa wɔn brɛ me ɛ ma menhyira wɔn. Na enyini nti, na Israel ani so ayɛ no kusukusu a ɔnhunu adeɛ yie. Na ɔde wɔn pinii ne nkyɛn; na ɔfee wɔn ano yɛɛ wɔn atuu. Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Mansusu sɛ mɛhunu w’anim, na hwɛ, Onyankopɔn ama mahunu wo mma nso. Na Yosef yii wɔn firii Yakob nantam, na ɔponoo ne mu de n’anim butuu fam. Na Yosef faa wɔn baanu nyinaa de ne nifa sɔɔ Efraim mu de no kyerɛɛ Israel benkum, de ne benkum sɔɔ Manase mu de no kyerɛɛ Israel nifa, na ɔde wɔn pinii ne nkyɛn. Na Israel tenee ne nifa too Efraim a ɔyɛ akumaa no atifi, ne ne benkum too Manase atifi, ɔboapa na ɔyɛɛ ne nsa saa, ɛfiri sɛ Manase ne abakan. Na ɔhyiraa Yosef sɛ: Onyankopɔn a me nananom Abraham ne Isak nantee n’anim no, Onyankopɔn a wayɛne me me nkwa nna nyinaa de abɛsi nnɛ. Ɔbɔfoɔ a ɔyii me bɔne nyinaa mu no, nhyira mmɔfra yi, na wɔmfa me din ne me nananom Abraham ne Isak din mfrɛ wɔn, na wɔnnɔɔso nyɛ pii wɔ asase so. Na Yosef hunuu sɛ n’agya de ne nsa nifa ato Efraim atifi no, anyɛ no dɛ, na ɔsɔɔ n’agya nsa sɛ ɔnyi mfiri Efraim atifi nkɔto Manase atifi. Na Yosef ka kyerɛɛ n’agya sɛ: M’agya, ɛnyɛ sɛ ɛteɛ ne no, na oyi ne abakan, fa wo nifa to n’atifi. Na n’agya ampene, na ɔse: Menim, me ba, menim; ɔno nso bɛyɛ ɔman, na ɔno nso ayɛ kɛse, nanso ne nua kumaa no bɛso asene no, na n’asefoɔ bɛyɛ aman pii. Na ɛda no ɔhyiraa wɔn sɛ: Wo na Israel de wo bɛhyira sɛ: Onyankopɔn nyɛ wo sɛ Efraim ne Manase. Na ɔde Efraim dii Manase kan. Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Hwɛ, merewu, na Onyankopɔn bɛdi mo akyi, na ɔde mo asane akɔ mo nananom asase so. Na me deɛ, mama wo asase kɛseɛ bi a ɛboro wo nuanom deɛ soɔ a mede me nkrantɛ ne me tadua megyee no Amorifoɔ nsam.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yakob frɛɛ ne mma sɛ: Mommoaboa mo ano, na menka mo deɛ ɛbɛyɛ mo, nna a ɛdi akyire no mu. Yakob mma, monhyia na montie, montie mo agya Israel! Ruben, m’abakan ne wo; m’ahoɔden ne me mmaninyɛ asefire. Woboro so anidie mu, woboro so tumi mu. Wohinhim sɛ nsuo, enti wo kandie bɛfiri wo nsa, ɛfiri sɛ woforoo w’agya nnaeɛ. Ɛno mu na woguu ɛho fi, — me mpa na woforoeɛ! Simeon ne Lewi yɛ anuanom. Wɔn nkrantɛ yɛ aniɛden akodeɛ. Me kra, nnkɔ wɔn agyina mu, na m’animuonyam nkɔfra wɔn asafo mu. Ɛfiri sɛ wɔn abufuo mu na wɔkum nnipa, na wɔn ahokyerɛ mu na wɔsɛee anantwie. Wɔadome wɔn abufuo, sɛ ɛso, ne wɔn anibereɛ, sɛ emu yɛ den. Mɛkyekyɛ wɔn mu wɔ Yakob mu, na mabɔ wɔn ahwete Israel mu. Yuda, wo na wo nuanom bɛyi wo ayɛ; wo nsa bɛtia w’atamfo kɔn so; w’agya mma bɛkoto w’anim. Gyata ba ne Yuda; hanam so na wode anyini, me ba. Ɔkotoe, ɔbutuu sɛ gyata ne gyatabereɛ; hwan na ɔbɛhwanyan no? Ahempoma remfiri Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfiri ne nan ntam de kɔsi sɛ ɛsodifoɔ a aman bɛyɛ setie ama no no bɛba. Ɔsa n’afunumu ba wɔ bobe mu, ne n’afunumu bereɛ ba wɔ bobe pa mu. Ɔsi n’atadeɛ wɔ nsa mu, ne ne ntoma wɔ bobe aba mogya mu. Bobesa bɛma n’ani ayɛ kɔɔ, na nufosuo ama ne se ayɛ fitaa. Sebulon tenabea bɛkyerɛ mpoano, na wahwɛ deɛ ahyɛn gyinagyina, na ɔne Sidon abɔ hyeɛ. Isakar yɛ afunumu hoɔdenfoɔ, ɔbutu mmoaban ntam; na ɔhunu sɛ homebea no yɛ ne asase no sɛ ɛyɛ fɛ, na ɔbrɛ ne mmatiri ase de gye adesoa, na ɔde ɛsom adwuma ayi toɔ. Dan bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn sɛ Israel mmusuakuo mu biara. Dan bɛyɛ ɔkwan so ɔwɔ, tempɔn so ahuritia. Ɔka ɔpɔnkɔ nantin, na ne so tenafoɔ ahwe n’akyi. AWURADE, wo nkwagyeɛ na mehwɛ no kwan. Gad, asafo bi retoa no, na ɔno nso atoa wɔn aka wɔn nantin. Aser aduane bɛyɛ sradeduane, na ɔbɛma ahennuane a ɛyɛ akɔnnɔ. Naftali yɛ ɔforoteɛ a wɔato no sraha; ɔka nsɛm dɛdɛ. Yosef yɛ dua a ɛso aba mman, dua a ɛso aba wɔ nsuo aniwa soɔ mman; ne mman tratra ɔfasuo. Mmɛmmatofoɔ hyɛɛ no yea, wɔtotoo no, na wɔtaa no. Nanso na ne tadua kura no pintinn, na ne basa mu yɛɛ den. Ɛfiri Yakob Tumfoɔ no nsam, ɛfiri ɔhwɛfoɔ a ɔyɛ Israel botan no mu. Ɛfiri w’agya Nyankopɔn, ɔmmoa wo, na ɛfiri Tweaduampɔn hɔ, ɔnhyira wo. Ɔmfa ɔsorosoro nhyira, ne ebunu a ɛtrɛtrɛ aseɛ mu nhyira, ne nufoɔ ne yafunu mu nhyira nhyira wo. W’agya nhyira a ɛyɛ kɛseɛ boro daa daa mmepɔ no nhyira a ɛkɔduru tete nteredee nkokoɔ no ahyeɛso nohoa; ɛmmra Yosef atifi, deɛ wɔyii no firii ne nuanom mu no mpampam. Benyamin yɛ pataku a ɔtete mmoa mu; ɔdi hanam anɔpa, na anwummerɛ nso ɔkyɛ asadeɛ mu. Yeinom nyinaa ne Israel mmusuakuo dummienu no, na yei ne deɛ wɔn agya ka kyerɛɛ wɔn de hyiraa wɔn. Sɛdeɛ wɔn nhyira teɛ mmaako mmaako na ɔhyiraa wɔn. Na ɔhyɛɛ wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Aka kumaa bi na maka m’ani agu so. Monkɔsie me me nananom nkyɛn, wɔ ɔbodan a ɛwɔ Hetini Efron afuo mu no mu, ɔbodan a ɛwɔ Makpela afuo soɔ Mamre ntentensoɔ wɔ Kanaan asase so, asase a Abraham tɔeɛ wɔ Hetini Efron nkyɛn de yɛɛ amusieeɛ no mu. Ɛhɔ na wɔsiee Abraham ne ne yere Sara, ɛhɔ na wɔsiee Isak ne ne yere Rebeka, na ɛhɔ na mesiee Lea. Afuo no ne ɔbodan a ɛwɔ mu no, wɔtɔɔ no Het mma nsam. Na Yakob hyɛɛ ne mma nsamanseɛ wieeɛ no, ɔboaa ne nan ano guu mpa no so, na ɔguu n’ahome a ɛdi akyire, na ɔtii ne nananom wɔ asamando.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yosef de n’anim kɔbutuu n’agya anim, na ɔsu guu ne so, na ɔfee n’ano. Na Yosef hyɛɛ ne nkoa a wɔhyɛ amu aduro sɛ wɔnhyɛ n’agya mu aduro. Na wɔhyɛɛ Israel mu aduro. Na wɔdii ho adaduanan, nna a wɔde wie adurohyɛ no ne no. Na Misraimfoɔ suu no adaduɔson. Na nna a wɔde suu no no twaa mu no, Yosef ka kyerɛɛ Farao fiefoɔ sɛ: Sɛ manya adom wɔ mo anim a, monkɔyi Farao asotire sɛ: M’agya maa mekaa no ntam sɛ: Hwɛ, merewu, na ɛda a mabɔ no Kanaan asase so mafa no mu, ɛhɔ na kɔsie me. Enti afei ma menkɔ menkɔsie m’agya, na mensane memmra. Na Farao kaa sɛ: Kɔ, na kɔsie w’agya, sɛdeɛ ɔmaa wokaa ntam no. Na Yosef kɔɔ sɛ ɔrekɔsie n’agya; na Farao nkoa nyinaa, ne fie mpanimfoɔ ne Misraim asase so mpanimfoɔ nyinaa ne Yosef fiefoɔ nyinaa ne ne nuanom ne n’agya fiefoɔ kaa ne ho kɔe, gye wɔn mma ne wɔn nnwan ne wɔn anantwie na wɔgyaa wɔn Gosen asase no soɔ. Na nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ne no kɔe; na ɛyɛ dɔm kɛseɛ. Na wɔduruu Atad ayuporebea a ɛwɔ Yordan agya nohoa no, wɔtwaa kwadwom kɛseɛ a emu yɛ den wɔ hɔ, na ɔgyam n’agya nnanson. Na ɛhɔfoɔ, Kanaanfoɔ no, hunuu esu a wɔsuu no Atad ayuporebea hɔ no, wɔkaa sɛ: Yei deɛ, Misraimfoɔ ayie a emu yɛ den nie. Enti wɔfrɛ hɔ sɛ Abel-misraim ɛwɔ Yordan agya nohoa. Na ne mma yɛɛ no sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn no. Na ne mma soaa no kɔɔ Kanaan asase so kɔsiee no wɔ Makpela afuo so ɔbodan a ɛwɔ Mamre ntentensoɔ a Abraham tɔɔ ɛne afuo no wɔ Hetini Efron nkyɛn de yɛɛ asieeɛ no mu. Na Yosef siee n’agya wieeɛ no, ɔne ne nuanom ne wɔn a wɔne no kɔsiee n’agya no nyinaa sane baa Misraim. Na Yosef nuanom hunuu sɛ wɔn agya awuo no, wɔkaa sɛ: Ebia Yosef bɛtane yɛn, na watua yɛn bɔne a yɛyɛɛ no nyinaa so ka. Na wɔmaa wɔkɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: W’agya hyɛe ansa na ɔrewuo sɛ: Monka nkyerɛ Yosef sɛ: Mesrɛ wo, fa wo nuanom amumuyɛ ne wɔn bɔne kyɛ wɔn, ɛfiri sɛ wɔayɛ wo bɔne. Na afei yɛsrɛ wo, fa w’agya Nyankopɔn nkoa amumuyɛ no kyɛ wɔn. Na wɔkaa saa kyerɛɛ Yosef no, ɔsui. Na ne nuanom nso ba bɛtwa hwee n’anim kaa sɛ: Hwɛ, yɛyɛ wo nkoa. Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnsuro, na megyina Nyankopɔn ananmu anaa? Na mo deɛ modwenee me ho bɔne nanso Onyankopɔn deɛ, na ɔde rebɛyɛ papa. Sɛ ɔbɛyɛ deɛ ada adi nnɛ yi, na ɔbɛgye nnipa pii nkwa. Na afei monnsuro; na mɛhwɛ mo ne mo mma. Na ɔkyekyeree wɔn werɛ kaa wɔn akoma too wɔn yam. Na Yosef ne n’agya fiefoɔ tenaa Misraim, na Yosef dii mfirinhyia ɔha ne du. Na Yosef hunuu Efraim mmanana. Manase ba Makir mma nso, wɔwoo wɔn guu Yosef srɛ so. Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Merebɛti nananom wɔ asamando, na Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo ampa, na wabɛyi mo afiri asase yi so akɔ asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob no so. Na Yosef maa Israel mma kaa ntam na ɔkaa sɛ: Ampa ara, Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo, na monsoa me nnompe mfiri ha nkɔ. Na Yosef wui, berɛ a na wadi mfirinhyia ɔha ne du. Na wɔhyɛɛ ne mu aduro, na wɔde no too adaka mu wɔ Misraim.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yeinom ne nsɛm a AWURADE yi kyerɛɛ Odiyifoɔ Habakuk: O AWURADE, menteam nkɔsi da bɛn ara na wobɛtie me? Nhyɛsoɔ nti mesu mefrɛ wo, nanso wonnye me. Adɛn nti na woma mehunu abusudeɛ ne ɔhaw sɛɛ, na wonyɛ ho hwee yi? Ɔsɛeɛ ne nhyɛsoɔ da m’anim, na ɔhaw ba, na akasaakasa asɔre. Enti mmara mu ago, na atɛntenenee mfiri ara da, ɛfiri sɛ abɔnefoɔ twa ɔteneneeni ho hyia, enti atemmuo firi a, na akyea. Monhwɛ amanaman mu na monhunu na mo ho nnwiri mo dwiri pa ara, na mereyɛ adwuma bi, mo nna mu, wɔka kyerɛ mo a, morennye nni. Na hwɛ, merehwanyan Kaldeafoɔ, ɔman a wɔn tirim yɛ den na wɔn ho yɛ hare a wɔnante fa asase so nyinaa fa tenabea a ɛnyɛ wɔn dea di soɔ. Wɔn ho yɛ ahomete ne hu, wɔyɛ ahantanfoɔ a wɔyɛ deɛ wɔn ara wɔpɛ. Wɔn apɔnkɔ ho yɛ hare sene asebɔ, na wɔyɛ aniɛden sene anwummerɛ mpataku, na wɔn apɔnkɔsotefoɔ twetwe wɔn mu kɔ kan, na wɔn apɔnkɔsotefoɔ firi akyirikyiri reba, wɔtu sɛ ɔkɔdeɛ a ɔrepɛ adidie ho ntɛm. Wɔn nyinaa reba aturuturasɛmdie, na wɔde wɔn ani kyerɛ apueeɛ fam anibereɛ so, na wɔtase nnommum sɛ anwea. Wɔn deɛ, wɔsi ahemfo atwetweɛ na aberempɔn ho yɛ wɔn sere, wɔsere aban a ɛyɛ den nyinaa, na wɔboa dɔteɛ ano gu hɔ na wɔafa. Ɛno na wɔtwam sɛ mframa, na wɔsene korɔ, na wɔkɔdi so; wɔn ahoɔden yi ara ne wɔn nyame. AWURADE, me Nyankopɔn ne me Kronkronni, ɛnyɛ wo na wofiri tete nteredee? AWURADE, wo ne ɔbotantim; yɛrenwu na mmom wo ara na woahyɛ Kaldeafoɔ sɛ wɔmmu yɛn atɛn na yɛn asotwe nti na wode wɔn asi hɔ. Wo a w’aniwa yɛ kronkron a wontumi nhwɛ bɔne na wontumi nhwɛ ɔhaw, adɛn nti na wohwɛ nkɔnkɔnsafoɔ, na ɔbɔnefoɔ mene ɔteneneeni a ɔtene sene no a, woyɛ komm? Afei nso, woayɛ nnipa sɛ ɛpo mu mpataa, te sɛ mmoa a wɔwea a obi nni wɔn soɔ. Saa nti wɔde darewa atwe wɔn nyinaa, wɔde asau twe wɔn, na wɔboa wɔn ano, ne twiɛ mu; yei nti wɔn ani gye na wɔn ho sɛpɛ wɔn. Ne saa nti, abɔnefoɔ bɔ n’asau no afɔdeɛ na ɔhye aduhwam ma wɔn twiɛ no, ɛfiri sɛ ɛno na ɛma ne kyɛfa dɔre sradeɛ, na n’aduane yɛ sɔɔsɔɔ. Ɛno nti ɔnkɔ so ara mpore n’asau mu, na ɔnkunkum amanaman daa nyinaa atirimuɔden so?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mɛgyina m’ahwɛeɛ, na mede me ho bɛsi aban so, na masra mahwɛ asɛm ko a ɔbɛka akyerɛ me ne deɛ mede bɛbua no wɔ me nkurobɔ no ho. Na AWURADE buaa me sɛ: Twerɛ adehunu no, na kyerɛkyerɛ mu gu aboɔpono so, na wɔatumi akan no wɔ ahoɔherɛ so. Na adehunu no da so kyerɛ berɛ a wɔahyɛ, na ɛrepɛ kwan aba mu, na ɛyɛ nokorɛ nso. Sɛ ɛtwentwɛn ase mpo a, twɛn no ara, na ba deɛ, ɛbɛba, ɛrenka akyi. Hwɛ, ɔbɔnefoɔ kra huhuru, ɛntene wɔ ne mu, na ɔteneneeni deɛ, ɔnam ne nokorɛdie so na ɔbɛtena ase. Na bio nso, Kaldeafoɔ te sɛ nsabofoɔ. Na wɔyɛ nnipa ahokyerɛfoɔ a wɔn bo nnwo da; wɔatrɛ wɔn kra akɔnnɔ mu sɛ Asamando, na wɔte sɛ owuo a ɔmmeeɛ, wɔfa amanaman nnommum ba wɔn nkyɛn na wɔfom aman nyinaa fa. Ɛberɛ bi reba a wɔn nnomumfoɔ bɛsere na wɔadi wɔn ho fɛw sɛ: Ɔnnue, deɛ ɔnam asisie kwan so fa adeɛ a ɛnyɛ ne dea no. W’apoobɔ yi bɛkɔ so ara akɔsi da bɛn? Ɛnyɛ mpofirim na wɔn a wɔde wo ka bɛsɔreɛ atia wo, na wɔbɛnyane na wɔabɛhwanyan woɔ, na woadane wɔn asadeɛ? Ɛsiane sɛ woafom amanaman pii afa nti, na woaka nnipa mogya agu, ne nhyɛsoɔ a wode ahyɛ asase, nkuro ne emufoɔ nyinaa soɔ nti aman mu nkaeɛ nyinaa bɛfom wo nso afa. Ɔnnue, deɛ ɔnya mfasoɔ bɔne ma ne fie, sɛ ɔde ne pirebuo bɛsi sorɔnsorɔmmea na wayi ne ho afiri mmusuo nsam no. Woatu agyina anya aniwuo ama wo fie, sɛ woatwitwa aman pii aguo, na woayɛ wo kra bɔne. Ɔboɔ firi ɔfasuo mu bɛteam, na mpuna afiri nnua mu agye so. Ɔnnue, deɛ ɔkyekyere kuro mogya mu, na ɔto aban abusudeɛ mu. Hwɛ, ɛmfiri asafo AWURADE nkyɛn sɛ aman yɛ adwuma brɛ ma ogya, na nkurɔfoɔ brɛ ma ade hunu? Na afei deɛ, AWURADE animuonyam ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so ma sɛdeɛ nsuo kata ɛpo soɔ. Due, wo a woma wo yɔnko nsa nom wɔ adwenbɔne kwan soɔ, na woma no borɔ na woahwɛ n’adagya mu. Ahohora amee wo asene animuonyam; wo nso nom, na wo momonoto nna adi; AWURADE nifa mu kuruwa bɛdane aba wo so, na ɛfeɛ ne ahohora bɛgu w’animuonyam so. Na wo Babel, asɛmmɔne a wɔde dii Lebanon ne mmoa sɛeɛ a ɛbɔɔ wɔn binim no, nnipa mogya a woaka aguo, ne nhyɛsoɔ a wode ahyɛ asase, kuro ne emufoɔ nyinaa so no nyinaa bɛbua w’atifi. Sɛ odwumfoɔ sene ohoni a, ɛho mfasoɔ ne deɛn? Ɛyɛ guo honi, kyerɛkyerɛni torofoɔ; ɛfiri sɛ odwumfoɔ yɛ ahoni mum a, ɔde ne ho to ɔno ara n’adwinnie a ɔdie no so. Due, wo a woka kyerɛ dua sɛ: Nyane! Na woka kyerɛ ɔboɔ mum sɛ: Sɔre! Ɛno na ɛbɛkyerɛ adeɛ anaa? Hwɛ, wɔde sika ne dwetɛ adura ho, na ahome biara nni mu. Na AWURADE deɛ, ɔwɔ n’asɔrefie kronkron mu; na momma asase nyinaa nyɛ komm wɔ n’anim.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Odiyifoɔ Habakuk mpaebɔ wɔ Shigionot so. AWURADE, mate wo nka, masuro; O AWURADE, kanyan w’adwuma no wɔ yɛn berɛ yi mu; ɛberɛ yi mu na ma wɔnhunu; w’abufuhyeɛ mu kae mmɔborɔhunu. Onyankopɔn firi Teman ba, na ɔkronkronni no firi Paran bepɔ so. Sela N’animuonyam kata ɔsoro, na n’ayeyie yɛ asase so ma. Ne hyerɛn te sɛ owia hann, nsesaeɛ wowɔ ne ho, na ɛhɔ ne n’ahoɔden ahuntaeɛ. Ɔyaredɔm a ɛpra di n’anim, na yadeɛ a ɛhyehyeɛ firi di ne nan ase. Ɔgyina hɔ na ɔwoso asase, ɔhwɛ, na ɔma amanaman ho popo; daa mmepɔ dwiri, tete nkokoɔ brɛ ase, n’akwan te sɛ tete deɛ no. Mehunuu Kusan ntomadan wɔ ahohiahia mu; Midian asase so kuntudan no popoe. Nsubɔntene so na na w’abufuo redɛreɛ, AWURADE? Ɛpo na wo bo huru tiaa no, berɛ a na wote w’apɔnkɔ so, wo nkwagyeɛ nteaseɛnam so reba no? Woayɛ wo tadua krado; na woaka ntam wɔ w’agyan no toɔ ho. Sela Wopaapae asase mu yɛ no nsubɔntene. Mmepɔ hu wo a wɔhinhim; nsuo a ɛtue reba; ebunu donkodonko ma ne nne so, ɛma ne nsa so kɔ soro; owia ne ɔsrane gyinagyinaa efie, w’agyan a ɛnenam no hann nti, wo pea anyinam pa hyerɛn no nti. Abohuro mu na wonam fa asase soɔ, abufuo mu na woposa amanaman. Wofirii adi sɛ worebɛgye wo man, worebɛgye deɛ wɔasra no no; wobobɔɔ ɔbɔnefoɔ ti, womaa ne ho daa hɔ firi n’atifi de kɔsii ne nan ase. Sela Wode mpɛmɛ hwire n’akofoɔ tirim, wɔtu sɛ ahum ba sɛ wɔrebɛbɔ me apete, wɔn anigyeɛ ne sɛ wɔbɛmene mmɔborɔni ahuntaeɛ mu. Wode wo apɔnkɔ si po mu, nsuo pii a ɛhuro no mu. Metee na me yafunum popoe, m’ano saa biribiri, ɛnne no ho; ɔporɔ hyɛnee me nnompe mu, na m’ase popoe, nanso meretena ase komm atwɛn ahohiahia da no na mahwɛ deɛ ɔbɛyɛ ɔman a wɔbɛtoaa yɛn no. Na borɔdɔma rengu nhyerɛne, na aba biara nni abobe so; na ngodua soɔ di hwammɔ, na mfuo mma aduane, na nnwan to twa firi ban mu, na nantwie biara nni adan mu mpo a, me deɛ AWURADE mu na mɛdi ahurisie, na me ho bɛsɛpɛ me wɔ nkwagyeɛ Nyankopɔn mu. ONYANKOPƆN, Awurade no, ne m’ahoɔden; na ɔma me nan yɛ sɛ aforoteɛ deɛ, na ɔma menante me sorɔnsorɔmmea. Wɔmfa mma dwonkyerɛni na wɔnto no m’asankuo so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE asɛm a ɛbaa Beeri ba Hosea nkyɛn Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ soɔ, ne Israelhene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba berɛ soɔ nie. Mfitiaseɛ a AWURADE ne Hosea kasaeɛ no, AWURADE ka kyerɛɛ Hosea sɛ: Kɔ na kɔfa ɔbaa dwamamfoɔ ne adwamammɔ mma, na adwaman na asase no afiri AWURADE akyire rebɔ. Na ɔkɔ kɔfaa Diblaim babaa Gomer, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin maa no. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Yesreel, na aka kakra na mabɛtɔ Yesreel mogya so were Yehu fie, na mama Israel fie ahennie no to atwa. Na ɛda no mɛbubu Israel tadua, Yesreel bonhwa no mu. Na ɔnyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabaa; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Lo-ruhama, na merenna so menhunu Israel fie mmɔbɔ, na meremfa menkyɛ wɔn bio. Na Yuda fie na mɛhu wɔn mmɔbɔ, na magye wɔn nkwa, AWURADE wɔn Nyankopɔn mu, nanso meremfa tadua ne nkrantɛ ne akodie ne apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ so mennye wɔn. Na ɔtwaa Lo-Ruhama nufoɔ, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin. Na ɔse: To no din sɛ Lo-ami, na monyɛ me man, na me nso, merenyɛ mo Nyankopɔn. Nanso Israel mma dodoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea a wɔnsusuo na wɔnkan no; na faako a wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ me man ne mo no, wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Nyankopɔn teasefoɔ mma. Na Yuda mma ne Israel mma bɛbom ahyia, na wɔasi tire baako afa, na wɔaforo afiri asase no so aba. Na Yesreel da no bɛyɛ da kɛseɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Monka nkyerɛ mo nuammarimanom sɛ: Ammi ne mo nua mmaanom sɛ: Ruhama. Mo ne mo na nkasa, monkasa, na ɔno deɛ, ɔnyɛ me yere, na me nso menyɛ ne kunu, na ɔnyi n’adwamammɔ no mfiri n’anim ne n’awaresɛeɛ no mfiri ne nufoɔ ntam, na mampa ne ho ntoma mamma no anna adagya, na mamfa no mansi hɔ sɛ da a wɔwoo no, na manyɛ no sɛ ɛserɛ so, na mamfa no mansi hɔ sɛ asase pɛsɛɛ, na mamfa sukɔm anku no. Na merenhu ne mma mmɔbɔ, na adwamammɔ mma ne wɔn. Na adwaman na wɔn na bɔeɛ, na deɛ ɔnyinsɛnee wɔn no yɛɛ aniwudeɛ; na ɔkaa sɛ: Mɛdi m’adɔfo akyi; wɔn na wɔma me m’aduane ne me nsuo, me dwannwi ne m’asaawa, me ngo ne me nsa. Saa nti, hwɛ, mede nwerɛ bɛgye wo kwan mu ban, na mato emu fasuo, na wanhunu kwan mu. Na ɔbɛti n’adɔfo, na ne nsa renka wɔn, na ɔbɛhwehwɛ wɔn akyiri kwan, na ɔrenhunu; na ɔbɛka sɛ: Mɛsane m’akyiri makɔ me kane kunu no nkyɛn; na ɛno mu na ɛyɛ ma me sene afei. Na ɔno deɛ, na ɔnnim sɛ me na memaa no ayuo ne nsa ne ngo, na memaa ne dwetɛ dɔreeɛ, ne ne sika a wɔhwere maa Baal no. Saa nti mɛsane mabɛgye m’ayuo, ne berɛ mu, ne me nsa, ne hyɛberɛ mu, na mayi me dwannwi ne m’asaawa a ɔde kataa n’adagya soɔ no. Na afei mɛyi n’ahuhusɛm adi, n’adɔfo anim, na obiara renyi no mfiri me nsam. Na mɛma n’ahosɛpɛ nyinaa to atwa, ne nnapɔnna, ne bosome foforɔ ne ne homeda ne n’afahyɛ nyinaa. Na mɛsɛe ne bobe ne ne borɔdɔma a ɔkaa sɛ: Yeinom ne m’apɛdeɛ a m’adɔfoɔ de maa me no ne no; na mɛyɛ no kwaeɛ ama wiram mmoadoma adi. Na mɛba mabɛtwe no nna a ɔdi maa Baalim no ho aso, sɛ ɔhyee aduhwam maa wɔn, na ɔde ne hwene mu kaa ne ne nnwinneɛ kekaa ne ho, na ɔdii n’adɔfo akyi, na me deɛ, ne werɛ firii me no, AWURADE asɛm nie. Saa nti, hwɛ, mɛbɔ no adafa mede no makɔ ɛserɛ so, na maka no abodwosɛm na mafiri hɔ mama no ne bobe nturo, na Akor bonhwa no, mayɛ no anidasoɔ pono, na ɔbɛgye so wɔ hɔ sɛ ne mmabaaberɛ mu ne ɛda a ɔfiri Misraim asase so foro baeɛ no. Na ɛda no, AWURADE asɛm nie, wobɛfrɛ me: Ishi. Na woremfrɛ me: Me Baal! bio. Na mɛyi Baal ahodoɔ din mafiri n’anomu, na wɔremfa wɔn din nkae wɔn bio. Na mɛpam apam bi mama wɔn ɛda no, me ne ewiram mmoadoma ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, na mɛbubu tadua ne nkrantɛ ne akodie mafiri asase no so, na mama wɔatena dwoodwoo. Na mɛgye wo aware mafa akɔsi daa, na mɛgye wo aware mafa, tenenee ne atemmuo so, ne adɔeɛ ne mmɔborɔhunu so, na mɛgye wo aware mafa, gyidie so, na woahunu AWURADE. Na ɛda no ɛbɛba sɛ mɛgye so, AWURADE asɛm nie, mɛgye ɔsoro so, na ɛno nso agye asase so, na asase agye ayuo ne nsa ne ngo so, na ɛno nso agye Yesreel so. Na mɛdua no mafa, asase so, na mɛhunu deɛ wɔnhunuu no mmɔborɔ no mmɔbɔ, na mɛka makyerɛ deɛ ɔnyɛ me man no sɛ: Me man ne wo! Na ɔno nso aka akyerɛ me sɛ: Me Nyankopɔn!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ bio na kɔdɔ ɔbaa dwamammɔni a ɔyɛ ɔwaresɛefoɔ, sɛ AWURADE dɔ Israel mma na wɔn deɛ, wɔdane kɔ anyame foforɔ nkyɛn na wɔdɔ bobe aba taterɛ no. Na mede nnwetɛbena dunum ne atokoɔ homer baako ne atokoɔ letek baako a ɛyɛ homer fa metɔɔ no. Na meka kyerɛɛ no sɛ: Tena ha ma me nna pii, mmɔ adwaman na nyɛ ɔbarima bi deɛ, na me nso me ne wo atena saa. Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wɔnni hene na wɔnni bapɔmma, na wɔnni afɔdeɛ na wɔnni ɔbosom dum, na wɔnni asɔfotadeɛ ne abusua ahoni. Akyire yi no Israel mma bɛsane abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n’adɔeɛ ho, nna a ɛdi akyire no mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Montie AWURADE asɛm, Israel mma, na AWURADE ne asase sofoɔ anya ɔham. Na nokorɛ ne adɔeɛ ne Nyankopɔn ho nimdeɛ biara nni asase so. Ntanka, nkontompo, awudie, korɔno ne awaresɛeɛ na ɛwɔ hɔ. Wɔdi akakabensɛm na mogyahwieguo toa mogyahwieguo so. Enti asase no di abooboo, na ɛsotefoɔ nyinaa anyinnyam, ewiram mmoadoma ne ewiem nnomaa; na ɛpo mu mpataa mpo reyɛ asa. Nanso mma obi nnham na obi nnka anim, ɛfiri sɛ wo man te sɛ wɔn a wɔne ɔsɔfoɔ ham. Enti wobɛsunti awia, na odiyifoɔ nso ne wo bɛsunti anadwo, na mɛtwa wo na atwene. Nimdeɛ a me man nnie nti, wɔbɛtwa wɔn agu; na wo nso, woapo nimdeɛ nti, mepo wo sɛ: Nni me sɔfoɔ; na wo werɛ afiri wo Nyankopɔn mmara nti, me nso, me werɛ bɛfiri wo mma. Wɔrekɔ so dɔre no, na wɔrekɔ so yɛ me bɔne; wɔn animuonyam no, mɛdane no ahohora. Me man bɔne yɛ wɔn aduane, na wɔn amumuyɛ yɛ wɔn kra akɔnnɔ. Na wɔbɛyɛ ɔman no sɛdeɛ wɔbɛyɛ ɔsɔfoɔ no, na mɛba mabɛtwe wɔn aso, wɔn bɔne nti, na mama wɔn nneyɛɛ asane abɛbua wɔn atifi. Wɔbɛdidi, na wɔremmee; wɔbɛbɔ adwaman na wɔn ase renkyene; ɛfiri sɛ wɔagya buo a anka ɛsɛ sɛ wɔbu AWURADE no. Adwamammɔ ne nsa ne nsa mono sɛe nteaseɛ. Me man bisa wɔn dua hɔ adeɛ, na wɔn poma ka asɛm kyerɛ wɔn, ɛfiri sɛ adwamammɔ honhom adaadaa wɔn, na wɔafiri wɔn Nyankopɔn ase akɔbɔ adwaman. Mmepɔ atifi na wɔbobɔ afɔdeɛ, na wɔhye aduhwam nkokoɔ so, odum ne duafufuo ne odupɔn ase, ɛfiri sɛ ne nwunu yɛ. Enti mo mmammaa bɔ adwaman, na mo nsiwa sɛe awadeɛ. Merentwe mo mmammaa aso adwamammɔ ho, ne mo nsiwa awaresɛeɛ ho, na mmarima no nso wɔne mmaa nnwamamfoɔ mane, na wɔne mmosomfenaa bɔ afɔdeɛ; na ɔman a wɔnni nhunumu no bɛbɔ. Sɛ wo, Israel, wobɔ adwaman a, mma Yuda nnni so. Na mommma Gilgal, na mommforo mmma Bet-awen, na monnkeka ntam sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi. Na Israel aso awu sɛ nantwiburuwa aso. Afei AWURADE bɛyɛne wɔn sɛ adwammaa, asase bayaa so. Efraim akɔdɔm abosom adum; gyaa no. Wɔn nsanom atra so; adwaman ara na wɔabɔ, pɛ na emu atitire pɛ ahohora. Mframa akyekyere wɔn wɔ ne ntaban mu, na wɔn ani bɛwuwu wɔn afɔrebɔ ho.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Montie yei, asɔfoɔ, na monwɛn aso, Israel fie, na ɔhene fie nso, monyɛ aso; na mo so na atemmuo aba; na moadane fidie wɔ Mispa ne asau a wɔatrɛ mu wɔ Tabor so. Na mansotwefoɔ ama wɔn ahohwisɛmdie mu adɔ, nanso mɛtwe wɔn nyinaa aso. Me deɛ, menim Efraim, na Israel nso nhunta me; na afei, Efraim, woabɔ adwaman, na Israel ho agu fi. Wɔn nneyɛɛ mma wɔnsane mma wɔn Nyankopɔn nkyɛn, na adwamammɔ honhom wɔ wɔn mu, na wɔnnim AWURADE. Na Israel ahantan bɛdi n’anim adanseɛ, na Israel ne Efraim bɛsunti wɔn amumuyɛ mu; Yuda nso ne wɔn asunti. Wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie bɛkɔ akɔhwehwɛ AWURADE, na wɔrenhu no; ɛfiri sɛ, watwe ne ho afiri wɔn ho. Wɔatwa AWURADE nkontompo, na wɔawowo ananafoɔ mma. Afei bosome foforɔ bɛmene wɔn ne wɔn nsase. Monhyɛne abɛn Gibea, monhyɛne totorobɛnto Rama. Mommɔ ose Bet- awen, ɛwɔ w’akyi, Benyamin. Efraim bɛdane amamfo, asotwe da no; mama wɔahunu Israel mmusuakuo ho asɛm a ɛbɛtim mu. Yuda mmapɔmma ayɛ sɛ wɔn a wɔtwe ɛhyeɛ kɔ akyire, wɔn so na mɛhwie m’anibereɛ magu sɛ nsuo. Wɔhyɛ Efraim so, wɔapɛkyɛ no atemmuo mu, ɛfiri sɛ waboapa adi n’ahuhudeɛ akyi. Na me deɛ, mete sɛ nweweboaa mema Efraim ne nhunhuniiɛ mema Yuda fie. Na Efraim hunuu ne yadeɛ, na Yuda hunuu ne kuro; na Efraim sii mu kɔɔ Asiria, na ɔsoma maa wɔkɔɔ Ɔhene Yareb nkyɛn; na ɔno nso, ɔrentumi nsa mo yadeɛ, na ɔrentumi nkum mo ho akuro. Na me deɛ, mete sɛ ɛserɛ-mu-sɛe ma Efraim ne gyataburuwa ma Yuda fie; me, me na mɛtete mu makorɔ, mɛfa makɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ. Mɛkɔ, mɛsane makɔ baabi, akɔsi sɛ ɛbɛka wɔn ani na wɔabɛhwehwɛ m’anim; wɔn ho hiahia wɔn a, wɔbɛhwehwɛ me ntɛm.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mommra mma yɛnsane nkɔ AWURADE nkyɛn, na ɔno na watete yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yadeɛ, ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn. Nnanu akyiri no ɔbɛma yɛanya nkwa, da a ɛtɔ so mmiɛnsa no ɔbɛma yɛasɔre na yɛanya n’anim nkwa. Na momma yɛnhunu na yɛnti AWURADE nimdeɛ no. Wɔasiesie n’adifire sɛ adekyeeɛ, na ɔbɛba ama yɛn sɛ osutorɔ, sɛ bereamporɔsuo a ɛtɔ gu asase soɔ. Ɛdeɛn na menyɛ woɔ, Efraim? Ɛdeɛn na menyɛ woɔ, Yuda? Na mo adɔeɛ te sɛ anɔpa mununkum, na ɛte sɛ obosuo a ɛrepɛ ntɛm akorɔ. Enti menam adiyifoɔ no so mabubu wɔn, na mede m’anomu nsɛm makum wɔn, na m’atemmuo ayi adi sɛ hann. Na mepɛ adɔeɛyɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ, ne Nyankopɔn ho nimdeɛ sene ɔhyeɛ afɔdeɛ. Na wɔn deɛ, wɔafom apam no sɛ Adam, ɛhɔ na wɔatwa me nkontompo. Gilead yɛ mmusubɔfoɔ kuro a mogya akeka mu. Na asɔfoɔ asafokuo no te sɛ ɔkwanmukafoɔ asafo a wɔtɛ nnipa, wɔdi awu ɔkwan mu, wɔde rekɔ Sekem no; aane abusudeɛ ara na wɔyɛ. Mahunu ahodwirideɛ Israel fie, ɛhɔ na Efraim bɔ adwaman, Israel ho agu fi. Yuda nso, wɔahyɛ twaberɛ ama wo, berɛ a mede me man nnommum bɛsane aba no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Meresa Israel yadeɛ yi, na Efraim amumuyɛ ne Samaria nnebɔne reda adi; na wɔdi atorɔ, na owifoɔ bubu ba mu, akwanmukafoɔ asafo nso fom fa wɔ mmorɔno so. Na wɔnka no wɔn akoma mu sɛ mekaa wɔn bɔneyɛ nyinaa; afei wɔn nneyɛɛ atwa wɔn ho ahyia, ɛgu m’anim. Wɔde wɔn bɔneyɛ ma ɔhene ani gye, na wɔde wɔn atorosɛm yɛ mmapɔmma saa ara. Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ, te sɛ ɔfononoo a paanootoni ahyɛ mu gya na ɔgyae mu pia firi mmɔre feteɛ so kɔsi ne ka soɔ. Yɛn hene afahyɛ da mu no, nsaborɔ bɔɔ mmapɔmma yadeɛ. Ɔne afɛdifoɔ di nsawɔsoɔ. Na wɔasiesie wɔn akoma sɛ fononoo, wɔn atirisopam no mu. Wɔn paanootoni da anadwo nyinaa, anɔpa ɛdɛre sɛ ogya framfram. Wɔn nyinaa mu ayɛ hye sɛ fononoo, na wɔdi wɔn atemmufoɔ nam; wɔn ahemfo nyinaa totɔ. Obi nni wɔn mu a ɔfrɛ me. Efraim de ne ho fra aman mu; Efraim yɛ ɔfam a wɔankusa. Ahɔhoɔ adi n’ahoɔden, nso ɔnnim; ɛdwono nso ahura ne tirim, nso ɔnnim. Na Israel ahantan di n’anim adanseɛ, na wɔnsane mma AWURADE wɔn Nyankopɔn nkyɛn, na wɔnhwehwɛ no yei nyinaa mu. Na Efraim adane sɛ aburuburo, ɔkwasea a ɔnni ti; wɔrepɛ Misraim hɔ mmoa no, na wɔredan Asiria nso. Wɔrekorɔ no, mɛtrɛ me ntentan mu makata wɔn so; mɛduru wɔn sɛ ewiem nnomaa; mɛtwe wɔn aso, na wɔn asafo bɛte nka. Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔadwane me; ɔsɛeɛ mmra wɔn so, ɛfiri sɛ wɔato me mmara; na me deɛ, anka mɛgye wɔn, nanso wɔdi me ho torɔ. Na wɔnsu mfrɛɛ me wɔn akoma mu, na wɔbobom wɔn, nnaeɛ so; ayuo ne nsa nti na wɔdi nkyeresoɔ, wɔte m’anim atua. Me deɛ, makyerɛkyerɛ, na mahyɛ wɔn basa mu den, nanso ɛpɔ bɔne na wɔbɔ no me ho. Wɔsane wɔn akyi, nanso wɔmma ɔsorosoroni no nkyɛn, wɔayɛ sɛ tadua a agoɔ: Afena ano na wɔn mmapɔmma bɛtotɔ, nkeka a wɔn tɛkyerɛma yɛ nti; yei bɛma wɔadi wɔn ho fɛw Misraim asase so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Fa totorobɛnto tua w’ano; ɛbɛba AWURADE fie so sɛ ɔkɔdeɛ; ɛfiri sɛ wɔafomfom m’apam na wɔato me mmara. Me na wɔbɛsu afrɛ me sɛ: Me Nyankopɔn, yɛni wo, yɛn a yɛyɛ Israel. Papa ayɛ Israel nwunu; ma ɔtamfoɔ nti wɔn ɛ! Wɔn deɛ, wɔasisi ahene, na ɛmfiri me, wɔasisi mmapɔmma, nso mennim. Wɔn dwetɛ ne wɔn sika, wɔde ayeyɛ ahoni a ɛbɛsɛe wɔn. Samaria, wo nantwie ba no ho yɛ nwunu, m’abufuo asɔ atia wɔn; ɛnkɔsi da bɛn na wɔrentumi ɔbra a ɛho teɛ bɔ? Na Israel mu na ɛno fire; odwumfoɔ na ɔyɛeɛ, ɛnyɛ Onyame ne no, na Samaria nantwie no, wɔbɛbubu no pasaa. Na mframa na wɔguo, na ahum nso na wɔbɛtwa. Ayuo a ɛgyina hɔ nni mu; deɛ ɛfifire no, wɔyam a, wɔnnya mu siam; sɛ ebi wɔ mu mpo a, ahɔhoɔ na ɛbɛdie. Wɔamene Israel, afei wɔte amanaman mu sɛ adeɛ bi a ani bi nsɔ. Na wɔn deɛ, wɔaforo kɔ Asiria; ewiram afunumu na ɔno nko ate ne ho; Efraim abobɔ adɔfoɔ paa. Sɛ wɔabobɔ amanaman mu bi paa nso a, afei mɛboa wɔn ano, na ahemfo mu hene no nhyɛsoɔ nti, wɔn so afiri aseɛ ahwan. Na Efraim ama afɔrebukyia adɔɔso de ayɛ bɔne, afɔrebukyia no adane wɔn bɔneyɛ. Matwerɛ me mmara dodoɔ no mama wɔn, wɔbuu no sɛ amannɔne adeɛ. M’ayɛyɛdeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no, ɛnam nko na wɔkum die; AWURADE ani nsɔ; afei ɔbɛkae wɔn amumuyɛ na wabɛtwe wɔn aso, wɔ wɔn bɔne ho; Misraim na wɔbɛsane akorɔ. Na Israel werɛ afiri ne yɛfoɔ, na wɔasisi aban fɛfɛ, na Yuda ama nkuro a ɛyɛ den adɔ; nanso mɛto ne kuro mu gya, na ahye n’aban a ɛkorɔn no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Israel, mma w’ani nnnye na nni ahurisie sɛ aman bi, ɛfiri sɛ woafiri wo Nyankopɔn akyi akɔbɔ adwaman. Woapɛ apɛdeɛ ayuporebea nyinaa so. Ayuporebea ne nsa-kyi-amena renyɛne wɔn, na nsamono no bɛdi wɔn hwammɔ. Wɔrentena AWURADE asase so, na Efraim bɛsane akɔ Misraim, na wɔbɛdi deɛ ɛho nteɛ wɔ Asiria. Wɔremfa ahwiesa mmrɛ AWURADE, na wɔn kum afɔdeɛ renyɛ no dɛ; wɔn aduane bɛyɛ wɔn sɛ akyiduane, wɔn a wɔdie nyinaa ho bɛgu fi; na wɔn aduane yɛ wɔn ara wɔn deɛ, ɛremma AWURADE fie. Ɛdeɛn na mobɛyɛ afahyɛ da no ne AWURADE dapɔnna no? Na hwɛ, ɔsɛeɛ nti wɔatu kɔ; Misraim bɛboa wɔn ano, Memfis bɛsie wɔn; wɔn dwetɛ nnwinneɛ ananmu na nnɛnkyɛnse bɛsie, na nkasɛɛ bɛfu deɛ wɔn ntomadan siiɛ no. Asotwe nna no anya aba, aweretɔ nna no anya adu; Israel bɛhunu sɛ odiyifoɔ no yɛ ogyimifoɔ, na honhom nipa no yɛ ɔbɔdamfoɔ, amumuyɛ dodoɔ ne ɔtane a ɛso pii no nti. Odiyifoɔ no ne me Nyankopɔn yɛ ɔwɛmfoɔ ma Efraim, nanso anomayini fidie wɔ n’akwan nyinaa mu, ɔtane no wɔ ne Nyankopɔn fie. Wɔama ɔsɛeɛ a wɔasɛe no mu adɔ sɛ Gibea nna no mu, ɔbɛkae wɔn amumuyɛ, ɔbɛtwe wɔn aso, wɔn bɔne ho. Mehunuu Israel sɛ ɛserɛ so bobe aba, mehunuu mo agyanom sɛ borɔdɔmakan, ne bereɛ a ɛdi kan mu; nanso wɔkɔɔ Baal-peor nkyɛn, na wɔdwiraa wɔn ho de maa aniwudeɛ, na wɔn ho yɛɛ nwunu sɛ nnoɔma a na wɔpɛ no ara. Efraim deɛ, wɔn animuonyam bɛtu sɛ anomaa, awoɔ ne afurofa ne nyinsɛn nni wɔn mu. Na sɛ wɔyɛne wɔn mma mpo a, mɛma wɔadi awommawuo na obi anka; na sɛ metwe me ho mefiri wɔn ho a, wɔnnue ara! Efraim a meyii no sɛ ɔnyɛ sɛ Tiro a wɔadua no asase pa soɔ no, Efraim no ara bɛyi ne mma afiri akɔma okumfoɔ. AWURADE, ma wɔn ɛ! — Ɛdeɛn na wobɛma wɔn? Ma wɔn ɔyafunu a ɛpɔn, ne nufoɔ a emu aweɛ. Wɔn bɔne nyinaa wɔ Gilgal, na ɛhɔ na mefiri metanee wɔn; wɔn nneyɛɛ bɔne nti mɛpamo wɔn afiri me fie, merenna so mennɔ wɔn; wɔn mmapɔmma nyinaa yɛ atuatefoɔ nko. Wɔde adeɛ abɔ Efraim; wɔn ase nhini akyenkyen; aba nso wɔrenso; sɛ wɔwo nso a, mɛkum wɔn yafunum mma a wɔdɔ wɔn no. Me Nyankopɔn apo wɔn, ɛfiri sɛ wɔantie no; na wɔbɛyɛ abatafoɔ amanaman mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Israel yɛ obobe pa a ɛso n’aba nsɔ; dodoɔ ara a n’aba dɔɔso no, dodoɔ a wama afɔrebukyia nso adɔɔso. N’asase yie a ɛyɛ nti no, wɔanya ahoni adum asiyɛ nso. Wɔn akoma mu apaepae, afei ɛso bɛbua wɔn. AWURADE bɛdwiri wɔn afɔrebukyia agu, na wasɛe wɔn ahoni adum no. Na afei wɔbɛka sɛ: Yɛnni hene, ɛfiri sɛ yɛansuro AWURADE, na ɔhene nso, ɛdeɛn na ɔbɛyɛ ama yɛn? Wɔakeka nsɛm, wɔakeka ntanhunu de apam apam, na atemmuo fu sɛ nkonyabi wɔ afuo mu nkofie so. Bet-awen nantwie mma nti na Samariafoɔ bɛsuro; na ne man di ne ho abooboo, na n’asɔfoɔ ho popo n’animuonyam ho, sɛ wɔatu afiri wɔn mu korɔ. Ɛno nso wɔbɛfa akɔ Asiria de akɔkyɛ Ɔhene Yareb. Aniwuo bɛka Efraim, na Israel ani awu n’agyinatuo ho. Samaria deɛ, wɔbɛtwa ne hene atwene sɛ nsuo ani ahuro. Na wɔbɛsɛe Bet-awen sorɔnsorɔmmea a ɛne Israel bɔne no; nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse bɛfifiri wɔn afɔrebukyia so, na wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ: Mommɛkata yɛn so! ne nkokoɔ sɛ: Mommɛhwe yɛn so! Israel, wofiri Gibea nna no so ayɛ bɔne; ɛhɔ na wɔtoaa soɔ; Gibea sa a wɔtuu no mmabusufoɔ no soɔ no anto wɔn. Ɛberɛ a mepɛ na mɛtwe wɔn aso, na wɔahyiahyia aman aba wɔn so abɛtua wɔn wɔn amumuyɛ mmɔho no so ka. Na Efraim yɛ nantwiburuwa a wɔakyerɛ no na ɔpɛ ayuporeɛ, nanso mede kɔnnua bɛto ne kɔn fɛfɛ no so; mɛma Efraim atwe adeɛ, Yuda bɛfuntum, Yakob bɛka asram so afa. Mongu aba mma tenenee mfifiri mma mo, montwa adɔeɛ so adeɛ. Monnɔ kwaeɛbirentuo mfa, na aduru berɛ a wɔde hwehwɛ AWURADE akyiri kwan, kɔsi sɛ ɔbɛba abɛtɔ tenenee suo ama mo. Moafuntum abɔnefosɛm, mmusuo na moatwa, moadi atorɔ aba. Na wode wo ho too wo kwan, wo nnɔmmarima dodoɔ no so. Enti hooyɛ bɛsɔre wo man no mu, na wɔabɛsɛe w’abandenden nyinaa, sɛdeɛ Salman sɛee Bet-arbel, ɔko da no, wɔbɛtete ɛna mu agu mma so. Saa na ayɛ mo: Betel mo bɔne mu bɔne no nti; adeɛ reba abɛkye no na wɔayi Israel hene no hɔ koraa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Israel yɛ aberanteɛ no, na medɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me ba firiiɛ. Berɛ dodoɔ a mefrɛɛ wɔn no, dodoɔ no ara na wɔfirii m’anim kɔeɛ; wɔkɔbɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahodoɔ, na wɔhyee aduhwam maa ahoni. Nso me na megyegyee Efraim taataa; meturuu wɔn m’abasa so, na wɔanhunu sɛ masa wɔn yadeɛ. Nnipa nhoma na mede metwee wɔn, ne ɔdɔ ntampehoma nso, na meyɛɛ wɔn sɛ deɛ ɔmema kɔnnua soɔ wɔ wɔn nnyepi so, na meyɛɛ no brɛɛ memaa no didii. Ɔbɛsane n’akyiri akɔ Misraim asase so bio, na Asiria na ɔyɛ ne hene, ɛfiri sɛ wɔampene sɛ wɔsane wɔn akyire ba me nkyɛn. Na wɔn agyinatuo ahodoɔ no nti afena bɛkyinkyini ne nkuro mu, na ɛbɛsɛe n’apono akyiri adaban awie. Me so atuateɛ nko ara na me man de asi wɔn anim, na wɔfrɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ soro a, wɔn mu biara mmua me mpo. Anka mɛyi wo mama sɛn, O Efraim, na magyaa wo mu sɛn, O Israel! Adɛn nti na mɛyi wo mama sɛ Adma, na mayɛ wo sɛ Seboim? M’akoma adane wɔ me mu, aane! mmɔborɔhunu agye me yam nyinaa. Merenni m’abufuhyeɛ no so, merensane memmɛsɛe Efraim; na Onyankopɔn ne me, na ɛnyɛ onipa, wo mu kronkronni ne me, na meremma abohuro so. Wɔbɛdi AWURADE a ɔbɛbobom sɛ gyata akyi, ampa ara ɔbɛbobom, na mma de ahopopoɔ afiri po akyiri aba. Wɔde ahopere bɛfiri Misraim aba sɛ nnomaa, na wɔafiri Asiria asase so aba sɛ mmuruburo, na mede wɔn madua wɔn afie mu, AWURADE asɛm nie. Efraim de atorɔ na Israel fie de nsisie atwa me ho ahyia, nanso Yuda deɛ ɔbɔ Onyankopɔn, Ɔkronkronni ne Nokwafoɔ no ho kɔntɔnkrɔn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Efraim hwe mframa, na ɔdi apueeɛ ahum akyi; daa nyinaa wɔma atorɔ ne ɔsɛeɛ dɔɔso, na wɔne Asiria kɔ apam, na wɔsoa ngo kɔ Misraim. Na AWURADE ne Yuda anya asɛm, na ɔreba abɛtwe Yakob aso sɛdeɛ n’akwan teɛ; sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ no na ɔbɛtua no ka. Ɔyafunum na ɔsɔɔ ne nua nantin, na n’ahoɔden mu na ɔne Onyankopɔn koeɛ. Ɔne ɔbɔfoɔ no koe, na ɔtumii; ɔsui na ɔpaa no kyɛw; ɔhunuu no Betel, na ɛhɔ na ɔne yɛn kasaeɛ. Na AWURADE yɛ asafo Nyankopɔn, AWURADE ne ne din a wɔde kae no. Na wo nso, sane kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn; sɔ adɔeɛ ne atemmuo mu, na hwɛ wo Nyankopɔn kwan daa daa. Kanaan, nsisie nsania wɔ ne nsam, ɔpɛ amimdie. Na Efraim ka sɛ: Manya me ho ara, manya adeɛ pii mafa; me brɛ nyinaa mu, wɔannya amumuyɛdeɛ a ɛyɛ bɔne amma me. Nso mene AWURADE wo Nyankopɔn de firi Misraim asase so; mɛma woatena ntomadan mu bio sɛ afahyɛ nna no mu. Na makasa makyerɛ adiyifoɔ no, na mama anisoadehunu adɔɔso, na menam adiyifoɔ ano so mabubu mmɛ. Gilead yɛ abusudeɛ anaa? Wɔadane ahuhudeɛ ara; Gilgal hɔ na wɔde anantwie bɔ afɔdeɛ, wɔn afɔrebukyia no nso te sɛ afuo mu nkofie so aboɔkuo. (Na Yakob dwane kɔɔ Siria asase so, na Israel som ɛyerɛ ho, na ɛyerɛ nti ɔhwɛɛ nnwan.) Na AWURADE nam odiyifoɔ so yii Israel firii Misraim bae, na ɔnam odiyifoɔ so hwɛɛ wɔn. Efraim yii abufuo sɛ, enti ɔbɛma mogya a ɔdi ho so no abua n’atifi, na n’ahohora nso, n’AWURADE bɛdane agu ne so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Efraim rekasa a, ɛyɛ hu; ɔmaa ne ho so Israel mu, ɛnna Baal nti ɔdii so, na ɔwui. Na afei wɔkɔ so yɛ bɔne, na wɔde wɔn dwetɛ yɛ guo ahoni ne wɔn nhunumu ano adwinhoni; ɛyɛ adwumfoɔ adwuma ara nko; wɔka no wɔ wɔn ho sɛ, nnipa a wɔbɔ afɔdeɛ no ma wɔmfe anantwie mma ano. Saa nti wɔbɛyɛ sɛ anɔpa mununkum ne obosuo a ɛtua nhema korɔ, sɛ ntɛtɛ a ahum hwim firi ayuporebea ne wisie a ɛtu fa mpomma mu korɔ no. Nso mene AWURADE wo Nyankopɔn de firi Misraim asase so, na wonnim Onyankopɔn biara sɛ me nko, na ɔgyefoɔ biara nni m’akyi. Me na mehunuu wo ɛserɛ no soɔ, sukɔm asase no so. Ɛberɛ a wɔnyaa adidibea pa no, wɔmee, wɔmee na wɔn akoma maa ne ho so, enti wɔn werɛ firii me. Saa nti, meyɛɛ wɔn sɛ gyata, metɛɛ ɔkwan mu sɛ ɔsebɔ. Mɛto mahyɛ wɔn so sɛ sisire a wɔafa ne mma, na matete wɔn koko a wɔn akoma da mu no, na mawe wɔn hɔ sɛ gyatabereɛ; wiram mmoa bɛsunsuane wɔn mu. Meyɛ wo boafoɔ deɛ, nanso wɔrebɛsɛe wo, O Israel! Ɛhefa na afei wo hene no wɔ, na ɔnnye wo wo nkuro nyinaa mu, ne w’atemmufoɔ a wokaa sɛ: Ma me ɔhene ne mmapɔmma no? Memaa wo ɔhene m’abufuo mu, na meyii no hɔ m’anibereɛ mu. Wɔakyekyere Efraim amumuyɛ, wɔde ne bɔne asie. Ɔwofoɔ awoɔ bɛka no; ɔno deɛ, ɔyɛ ɔba a ɔnni nyansa, sɛ ɛduru ne berɛ so a, ɔmmmɛgyina deɛ mma fa mu siane hɔ. Mɛgye wɔn mafiri Asamando nsam anaa? Mɛgye wɔn owuo mu anaa? Owuo, ɛhe na wo nwowɔeɛ wɔ? Asamando, ɛhe na wo sɛeɛ wɔ? Ahonu ahunta afiri m’ani so. Na ɔbɛso aba ne nuanom mu. Apueeɛ ahum bɛtu, AWURADE mframa firi ɛserɛ so bɛbɔ, na n’asubura mu awe, na ne nsuo aniwa to atwa; na ɔbɛfom adekoradan mu afɛfɛdeɛ nyinaa. Samaria tiri ato, sɛ wate ne Nyankopɔn anim atua; afena ano na wɔbɛtotɔ; wɔbɛte wɔn nkokoaa abobɔ hɔ, na wɔapaepae wɔn anyinsɛnfoɔ mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Israel, sane bra AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn; na w’amumuyɛ nti woahwe ase. Momfa nsɛm nkura nsane mmra AWURADE nkyɛn; monka nkyerɛ no sɛ: Fa amumuyɛ nyinaa kyɛ, na gye papa, na yɛmfa yɛn ano nyɛ anantwinini mmɛbɔ afɔdeɛ. Asiria rennye yɛn, apɔnkɔ so nso yɛrentena, nso yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma sɛ: Yɛn nyame! bio; ɛfiri sɛ wo mu na awisiaa hunu ntimmɔborɔ. Mɛsa wɔn akyirisan mu yadeɛ, mɛyi me yam madɔ wɔn, na m’abufuo adane afiri ne so. Mɛdane sɛ bosuo mama Israel, ne nhwiren bɛhane sɛ sukooko, na wagye nhini sɛ Lebanon. Ne mman bɛdennan, na n’ahoɔfɛ ayɛ sɛ ngodua, na ayi hwa sɛ Lebanon. Wɔn a wɔtete ne nwunu aseɛ bɛsane abɛma ayuo asane anya afiriyɛ, na wɔafefɛ sɛ bobe a ne din ahyeta sɛ Lebanon bobesa. Efraim, asɛm bɛn na me ne ahoni wɔ bio? Me deɛ, mɛgye no so, na m’ani aku ne ho, me a mete sɛ pepeaa frɔmfrɔm, me so na wɔbɛhunu w’aba. Hwan ne onyansafoɔ a ɔbɛhunu yeinom mu, nhunumufoɔ a ɔbɛhunu ɛno? Na AWURADE akwan yɛ tee, na ateneneefoɔ bɛnante so, na mmaratofoɔ deɛ wɔbɛhwehwe so ase.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɔhene Dario afe a ɛtɔ so mmienu no, bosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm nam Odiyifoɔ Hagai so baa Yuda Amrado Serubabel a ɔyɛ Sealtiel ba ne Ɔsɔfopanin Yosua a ɔyɛ Yehosadak ba nkyɛn sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Ɔman yi ka sɛ: Ɛnya nnuruu berɛ a wɔde bɛsi AWURADE fie no. Na AWURADE asɛm nam Odiyifoɔ Hagai so baa sɛ: Mo deɛ, ɛberɛ aduru ama mo sɛ motete mo adan a wɔaduradura mu mu, wɔ berɛ a efie yi deɛ, ayɛ dantuo yi? Na afei sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monwenwene sɛdeɛ nnoɔma si rekɔ wɔ mo asetena mu ho yie. Modua pii, nanso ketewa bi na monya firi mu; modidi, nanso mommee, monom nsa, nanso ɛnso mo; mofirafira ntoma, nanso mo ho nyɛ mo hye na ɔpaani apaadeɛ gu fotoɔ a wɔafiti ɛtoɔ mu. Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Afei monwenwene mo akwan ho yie, na momforo bepɔ nkɔfa nnua mmra mfa mmɛsi dan no, na ɛbɛyɛ me fɛ, na mayi m’animuonyam makyerɛ, AWURADE na ɔseɛ. Mohwɛɛ adeɛ pii kwan, na hwɛ, ayɛ ketewa. Na mode baa efie, na mehuu mu. Ɛdeɛn ntira? Asafo AWURADE asɛm nie. Me fie a ayɛ dantuo ntira, na mo deɛ, motu mmirika kɔ mo afie. Saa nti, mo nti na ɔsoro akame, sɛ ɔbosuo nntɔ, na asase akame ne nnɔbaeɛ. Na mefrɛɛ ɛweɛ baa asase so, mmepɔ so, ayuo so, nsamono so, ngo so, adeɛ a asase de ba so, nnipa so, afieboa so ne nsa ano brɛ adwuma nyinaa so. Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yehosadak ba Ɔsɔfopanin Yosua ne ɔman no nkaeɛ no nyinaa tiee AWURADE wɔn Nyankopɔn ne Odiyifoɔ Hagai nsɛm, sɛdeɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn somaa no no, na ɔman no suroo AWURADE anim. Ɛnna Hagai, AWURADE bɔfoɔ no, bɔɔ AWURADE kaseɛ kyerɛɛ ɔman no sɛ: Medi mo akyi, AWURADE asɛm nie. Na AWURADE kanyann Sealtiel ba Serubabel, Yuda amrado no honhom, ne Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfo panin no honhom, ne ɔman no nkaeɛ nyinaa ahonhom, na wɔba bɛyɛɛ adwuma, asafo AWURADE, wɔn Nyankopɔn fie, bosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛtɔ so aduonu nnan no so, Ɔhene Dario afe a ɛtɔ so mmienu no mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so aduonu baako no, AWURADE asɛm nam Odiyifoɔ Hagai so baa sɛ: Ka kyerɛ Sealtiel ba Serubabel, Yuda amrado no, ne Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfo panin no, ne ɔman no nkaeɛ no sɛ: Mo mu hwan na aka a ɔhunuu ɛdan yi n’akane animuonyam no? Na afei mohu no sɛn? Ɛnte sɛ adeɛ a ɛnyɛ hwee, mo ani so? Na afei, hyɛ wo ho den Serubabel, AWURADE asɛm nie, na hyɛ wo ho den, Yehosadak, ba Yosua, ɔsɔfo panin, na monhyɛ mo ho den, asase no so man nyinaa, AWURADE asɛm nie, na monyɛ adwuma no. Na medi mo akyi, asafo AWURADE asɛm nie. Ɛsiane apam a me ne mo pameeɛ berɛ a mofirii Misraim baeɛ no, ɛna me honhom a ɛte mo mu no nti, monnsuro. Na sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Bio! Aka kumaa sɛ mawoso ɔsoro ne asase ne ɛpo ne asase pɛsɛɛ, na mɛwoso amanaman nyinaa, na amanaman nyinaa de w’agyapadeɛ bɛba, na mede animuonyam bɛhyɛ efie yi ma, asafo AWURADE na ɔseɛ. Me na sika ne dwetɛ wɔ me, asafo AWURADE asɛm nie. So na ɛdan yi animuonyam bɛso, akyire yi deɛ no bɛsene kane deɛ no, asafo AWURADE na ɔseɛ, na ɛha na mɛma asomdwoeɛ, asafo AWURADE asɛm nie. Bosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so aduonu nnan, Dario afe a ɛtɔ so mmienu no mu, AWURADE asɛm nam Odiyifoɔ Hagai so baa sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Bisa asɔfoɔ no na wɔmmua asɛmmisa yi sɛ: Hwɛ, sɛ obi kura nam kronkron n’atadeɛ mmuano mu, na ɔde mmuano no kɔka paanoo ne aduane a wɔanoa ne nsa ne ngo ne aduane biara a, ɛbɛyɛ kronkron anaa? Na asɔfoɔ no bua see sɛ: Dabi. Na Hagai bisaa sɛ: Sɛ, efunu nti, deɛ ne ho akum kɔka yeinom biara a, na ɛho akum anaa? Na asɔfoɔ no bua see sɛ: Aane, ɛho akum. Ɛnna Hagai bua see sɛ: Saa na nkurɔfoɔ yi teɛ, na saa na ɔman yi teɛ wɔ m’anim, AWURADE asɛm nie, na saa na wɔn nsa ano adwuma nyinaa ne deɛ wɔde brɛ me hɔ no teɛ: Ɛho akum. Na afei monhwɛ deɛ ɛfiri nnɛ rekorɔ yi ɛbɛba. Wɔnnya mfaa ɔboɔ ntoo ɔboɔ soɔ AWURADE asɔrefie mu, ɛyɛɛ mo deɛn? Obi ba ayukuo susuo adeɛ aduonu ho a, na ɛyɛ du. Obi ba nsa-kyi-amena ho bɛsa nhina aduonum a, na ɛyɛ aduonu. Mede ɔhoɔ ne ɔpoɔ ne asukɔtweaa bɔɔ mo, mo nsa ano adwuma nyinaa, nanso moannane amma me nkyɛn, AWURADE asɛm nie. Afei monhwɛ mfiri ɛnnɛ da yi de rekorɔ, momfiri bosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so aduonu nnan a ɛne da a wɔhyɛɛ AWURADE asɔrefie no aseɛ no nhwɛ. Na aba bi da so wɔ ɛsan so? Bobe ne borɔdɔma ne atoaa aba ne ngodua ɛso anaa? Ɛda yi na mɛfiri aseɛ mahyira mo. Na AWURADE asɛm baa Hagai nkyɛn ne mprenu so, bosome no da a ɛtɔ so aduonu nnan mu sɛ: Ka kyerɛ Yuda amrado, Serubabel sɛ: Merebɛwoso ɔsoro ne asase, na mɛbutu ahennie nhennwa, na masɛe amanaman ahennie ahoɔden, na mɛbutu nteaseɛnam ne wɔn a ɛtete mu, na apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn soɔ sotenafoɔ ahwehwe ase, na obi atɔ ne nua afena ano. Ɛda no, asafo AWURADE asɛm nie, mɛfa wo, Sealtiel ba Serubabel, m’akoa, AWURADE na ɔseɛ, na mede wo ayɛ sɛ nsɔanodeɛ; na wo na mafa wo ayɛ me deɛ, asafo AWURADE asɛm nie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛsiane sɛ nnipa pii afa ato wɔn ho so sɛ wɔbɛkyerɛ nsɛm a aba mu wɔ yɛn ntam no nnidisoɔ nnidisoɔ, sɛdeɛ wɔn a wɔfiri mfitiaseɛ de wɔn ani hunuiɛ na wɔyɛɛ asɛm no ho asomfoɔ no de abrɛ yɛn no nti, Onimuonyamfoɔ kɛse Teofilo, ɛyɛɛ me sɛ, ɛyɛ sɛ me nso, mahwehwɛ ne nyinaa mu pɛpɛɛpɛ firi mfitiaseɛ no, metwerɛ no nnidisoɔ nnidisoɔ mebrɛ woɔ, na woahunu sɛ nsɛm a wɔakyerɛkyerɛ woɔ no yɛ nokorɛ. Yudahene Herode berɛ so no, ɔsɔfoɔ bi tenaa ase a wɔfrɛ no Sakaria a ɔfiri Abia asɔfokuo mu, na ne yere yɛ Aaron mmammaa no mu bi a wɔfrɛ no Elisabet. Na wɔn baanu nyinaa tene wɔ Nyankopɔn anim di Awurade ahyɛdeɛ ne teneneedeɛ nyinaa so a ɛho nni asɛm, nanso wɔnni ba, ɛfiri sɛ na Elisabet yɛ obonini, na wɔn baanu nyinaa anyinyini pa ara! Na ɛbaa sɛ ɛduruu n’asɔfokuo so na ɔreyɛ n’asɔfodwuma wɔ Nyankopɔn anim no, sɛdeɛ asɔfodwuma no teɛ no, ɛduruu ne so sɛ ɔkɔ Awurade asɔredan mu kɔhye ohwam. Na ɔrehye ohwam no, na nnipakuo no nyinaa gyina adihɔ rebɔ mpaeɛ. Na Awurade bɔfoɔ bi bɛyii ne ho kyerɛɛ no, na ɔbɛgyinaa ohwam afɔrebukyia no nifa. Na Sakaria hunuu no no, n’akoma tui, na ehu kaa no. Na ɔbɔfoɔ no see no sɛ: Sakaria, nsuro, na wɔatie wo mpaebɔ, na wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima ama wo, na woato ne din Yohane. Na ɛbɛyɛ wo anigyeɛ ne ahosan, na n’awoɔ nti nnipa bebree ani bɛgye. Ɛfiri sɛ ɔbɛyɛ kɛseɛ Awurade anim, na ɔrennom bobesa anaa nsa biara, na Honhom Kronkron bɛhyɛ no ma afiri ne na yam mpo. Na ɔbɛdane Israel mma mu bebree aba Awurade, wɔn Nyankopɔn, nkyɛn. Na ɔde Elia honhom ne ahoɔden bɛdi n’anim akɔdane agyanom akoma aba wɔn mma so ne asoɔdenfoɔ akɔ teneneefoɔ adwene ho, na wasiesie ɔman a wɔaboaboa wɔn ho no de ama Awurade. Na Sakaria see ɔbɔfoɔ no sɛ: Ɛdeɛn na mede bɛhunu yei? Ɛfiri sɛ mabɔ akora, na me yere nso abɔ aberewa. Na ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ: Mene Gabriel a megyina Nyankopɔn anim, na wɔasoma me sɛ memmɛkasa menkyerɛ wo, na menka wo nsɛmpa yi. Na hwɛ, wobɛtɔre mum, na worentumi nkasa de bɛkɔ akɔsi da a yeinom bɛba mu, ɛfiri sɛ, woannye me nsɛm a ɛbɛba mu ne berɛ mu no anni. Na nkurɔfoɔ no retwɛn Sakaria; na ɛyɛɛ wɔn nwanwa sɛ wakyɛre asɔredan mu hɔ saa. Na ɔfirii adie no, wantumi ankasa ankyerɛ wɔn; na wɔhunuu sɛ wanya anisoadehunu bi wɔ asɔredan mu hɔ; na ɔno deɛ, ɔde ne nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na wantumi ankasa. Na ɛbaa sɛ ne som nna wiee duro no, ɔfirii hɔ kɔɔ ne fie. Na nna yi akyiri no, ne yere Elisabet nyinsɛnee, na ɔde ne ho siee abosome nnum kaa sɛ: Sɛdeɛ Awurade ayɛ me, nna a wabɛhwɛ me sɛ ɔbɛyi m’ahohora afiri nnipa mu no mu ni. Na bosome a ɛtɔ so nsia no mu no, Onyankopɔn somaa Ɔbɔfoɔ Gabriel kɔɔ Galilea kuro bi a wɔfrɛ no Nasaret mu, ababaa bi a wɔde no ama ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosef a ɔfiri Dawid abusua mu awadeɛ nkyɛn; na ababaa no din de Maria. Na ɔbɔfoɔ no baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Ei, ma w’ani nnye, wo a wɔadom woɔ! Awurade ka wo ho. Na n’akoma tuu n’asɛm no ho, na ɔdwenee ho sɛ: Nkyea bɛn ni? Na ɔbɔfoɔ no see no sɛ: Nsuro, Maria, na woanya Nyankopɔn hɔ adom. Na hwɛ, wobɛnyinsɛn, na woawo ɔbabarima, na woato ne din Yesu. Ɔbɛyɛ ɔkɛseɛ, na wɔafrɛ no deɛ Ɔwɔ Sorosoro no Ba; na Awurade Nyankopɔn de n’agya Dawid ahennwa bɛma no. Na ɔbɛdi Yakob fie so hene daapem, na n’ahennie no to rentwa da. Na Maria see ɔbɔfoɔ no sɛ: Yei bɛyɛ dɛn na aba mu, ɛfiri sɛ mennim ɔbarima biara? Na ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ: Honhom Kronkron no bɛba wo so, na Deɛ Ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwoɔ no, wɔbɛfrɛ no Nyankopɔn ba. Na hwɛ, wo busuani Elisabet nso anyinsɛn ɔbabarima ne mmerewa berɛ mu; na deɛ wɔfrɛ no obonini no, yei ne ne bosome a ɛtɔ so nsia; ɛfiri sɛ Nyankopɔn fam deɛ, biribiara nni hɔ a ɛrentumi nyɛ hɔ. Ɛnna Maria se: Hwɛ, Awurade afenaa ne me; ɛnyɛ mma me sɛdeɛ w’asɛm seɛ. Na ɔbɔfoɔ no gyaa no hɔ kɔe. Na nna no mu ara, Maria de ahoɔherɛ sɔre kɔɔ mmepɔ so Yuda kuro no mu, na ɔkɔɔ Sakaria fie kɔkyeaa Elisabet. Na ɛbaa sɛ Elisabet tee Maria nkyea no, akɔkoaa no hurii ne yam; na Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Wɔahyira wo mmaa mu, na wɔahyira wo yam adeɛ! Na yei firi he sɛ m’Awurade ne na reba me nkyɛn yi? Na hwɛ, wo nkyea twaa m’aso mu ara pɛ, akɔkoaa no de ahosan hurii me yam. Na nhyira ne deɛ wagye adie, ɛfiri sɛ nsɛm a Awurade ama wɔabɛka akyerɛ no no bɛba mu. Na Maria kaa sɛ: Me kra, kamfo Awurade, na m’agyenkwa Nyankopɔn ho na me honhom ho asane no; ɛfiri sɛ wahwɛ n’afenaa ohia asetena. Na hwɛ, ɛfiri nnɛ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa bɛfrɛ me nhyira; ɛfiri sɛ Otumfoɔ no ayɛ adeɛ kɛseɛ ama me, na ne din ne kronkron, na ne mmɔborɔhunu wɔ wɔn a wɔsuro no so, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ nyinaa mu. Ɔde ne basa ayɛ ahoɔdenneɛ; wapansam wɔn a wɔyɛ ahantan wɔn akoma nsusuiɛ mu. Watu atumfoɔ afiri wɔn nhennwa so na wapagya ahiafoɔ. Ɔde nnepa ahyɛ wɔn a ɛkɔm de wɔn ma, na wagya ahonyafoɔ kwan yafumpan. Wasɔ n’akoa Israel mu, sɛ ɔde bɛkae ne mmɔborɔhunu, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ yɛn agyanom no, ama Abraham ne n’asefoɔ daa. Na Maria tenaa Elisabet nkyɛn bɛyɛ abosome mmiɛnsa; na ɔsane kɔɔ ne fie. Elisabet awoɔ duruu so, na ɔwoo ɔbabarima. Na n’afipamfoɔ ne n’abusuafoɔ tee sɛdeɛ Awurade ayɛ no adɔeɛ kɛseɛ no, wɔne no ani gyee. Na ɛbaa sɛ ne nnawɔtwe soɔ no, wɔbaa sɛ wɔrebɛtwa abɔfra no twetia. Na anka wɔde no reto n’agya Sakaria, nanso ne na kaa sɛ: Dabi, wɔmfrɛ no Yohane. Na wɔsee no sɛ: Obiara nni w’abusua mu a wɔfrɛ no saa. Na wɔde nsɛnkyerɛnneɛ bisaa n’agya edin a ɔpɛ sɛ wɔde to no. Na ɔgyee twerɛpono ketewa bi twerɛɛ so sɛ: Ne din ne Yohane. Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwanwa. Na n’ano buee, na ne tɛkyerɛma homa sanee amonom hɔ ara, na ɔkasa yii Onyankopɔn ayɛ. Na ehu kaa wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa, na wɔkekaa nsɛm yi nyinaa wɔ Yudea mmepɔ so nkuro nyinaa mu. Na wɔn a wɔteeɛ nyinaa de siee wɔn akoma mu kaa sɛ: Ɛdeɛn ara na abɔfra yi rebɛyɛ? Hwɛ, Awurade nsa wɔ ne so. Na n’agya Sakaria deɛ, Honhom Kronkron ahyɛ no ma, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: Nhyira ne Awurade, Israel Nyankopɔn, ɛfiri sɛ wabɛhwɛ na wagye ne man; na wama nkwagyeɛ abɛn so ama yɛn n’akoa Dawid fie, sɛdeɛ ɔde n’adiyifoɔ kronkron a wɔwɔ hɔ firi teteete no ano kaeɛ no, sɛ wɔnnye yɛn mfiri yɛn atamfoɔ ne wɔn a wɔkyiri yɛn nyinaa nsam; sɛ ɔbɛhu yɛn agyanom mmɔbɔ, na wakae n’apam kronkron no: Ntam a ɔka kyerɛɛ yɛn agya Abraham sɛ ɔbɛma wɔayi yɛn afiri yɛn atamfoɔ nsam, na yɛasom no a ehu nni mu, ahoteɛ ne tenenee mu wɔ n’anim, yɛn nna nyinaa. Na wo, abɔfra yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no diyifoɔ; ɛfiri sɛ wobɛdi Awurade anim akɔsiesie n’akwan, na wode nkwagyeɛ ho nimdeɛ ama ne man, wɔ wɔn bɔne fakyɛ a ɛfiri yɛn Nyankopɔn mmɔborɔhunu a ɛmaa ne yam hyehyee no no mu. Ɛno nti na adekyeeɛ a ɛfiri soro abɛpue yɛn soɔ, sɛ ɛbɛhyerɛn ama wɔn a wɔtete sum mu ne owuo sunsum aseɛ, na wagye yɛn taataa akɔ asomdwoeɛ kwan so. Na abɔfra no nyiniiɛ, na ɔnyaa honhom mu ahoɔden; na ɔtenaa serɛ so de kɔduruu da a ɔde ne ho kɔkyerɛɛ Israel.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Nna no mu no, mmara bi firi Kaesare Augusto nkyɛn baa sɛ wɔnkan wiasefoɔ nyinaa, ntwerɛ wɔn din. Yei ne ɔkan a ɛdi kan berɛ a na Kirenio yɛ Siria amrado no. Na nnipa nyinaa kɔɔ wɔn kurom kɔtwerɛɛ wɔn din. Na Yosef nso firii Nasaret a ɛwɔ Galilea sii mu kɔɔ Yudea, Dawid kuro a wɔfrɛ no Betlehem mu, ɛfiri sɛ na ɔfiri Dawid fie ne n’abusua mu, kɔtwerɛɛ ɔno ne n’asiwa yere Maria a n’awoɔ abɛn no din. Na wɔwɔ hɔ no, n’awoɔ duruu so, na ɔwoo n’abakan barima, na ɔde ntoma kyekyeree no, na ɔde no too mmoa adididaka mu, ɛfiri sɛ wɔannya kwan ahɔhodan no mu. Na nnwanhwɛfoɔ bi wɔ saa asase no so da wiram rewɛn wɔn nnwankuo anadwo. Na Awurade bɔfoɔ bɛgyinaa wɔn nkyɛn, na Awurade animuonyam hran twaa wɔn ho hyiae, na ehu kɛseɛ kaa wɔn. Na ɔbɔfoɔ no see wɔn sɛ: Monnsuro, na hwɛ, mede asɛmpa a ɛyɛ anigyeɛ pii na ɛbɛyɛ aman nyinaa dea merebrɛ mo, sɛ nnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo, Awurade no, ama mo wɔ Dawid kurom. Na yei ne mo nsɛnkyerɛnneɛ: Mobɛhunu akɔkoaa a wɔde ntoma akyekyere no sɛ ɔda mmoa adididaka mu. Na mpofirim ara ɔsoro asafo bebree bɛkaa ɔbɔfoɔ no ho yii Onyankopɔn ayɛ sɛ: Animuonyam nka Onyankopɔn wɔ sorosoro, na asomdwoeɛ nka nnipa a wɔsɔ n’ani wɔ asase so. Na ɛbaa sɛ abɔfoɔ no firii wɔn nkyɛn kɔɔ soro no, nnwanhwɛfoɔ no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho sɛ: Momma yɛnkɔ Betlehem, na yɛnkɔhwɛ asɛm a aba a Awurade ayi akyerɛ yɛn yi ɛ! Na wɔkɔɔ no ntɛm so, na wɔkɔhunuu Maria ne Yosef ne akɔkoaa no sɛ ɔda mmoa adididaka no mu. Na wɔhunuu no no, wɔkaa abɔfra no ho asɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no. Na deɛ nnwanhwɛfoɔ no kaeɛ no yɛɛ wɔn a wɔteeɛ nyinaa nwanwa. Na Maria deɛ, ɔde nsɛm yi nyinaa sieeɛ, na ɔdwenee ho n’akoma mu. Na nnwanhwɛfoɔ no sane kɔe kɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam, na wɔyii no ayɛ wɔ deɛ wɔteeɛ na wɔkɔhunuiɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn no nyinaa nti. Na ɔdii nnawɔtwe a wɔrebɛtwa no twetia no, wɔtoo ne din Yesu sɛdeɛ ɔbɔfoɔ no kyerɛeɛ ansa na wɔrenyinsɛn no ɔyafunu mu no. Na wɔn ahodwira nna duruiɛ sɛdeɛ Mose mmara seɛ no, wɔde no kɔɔ Yerusalem sɛ wɔde no rekɔma Awurade (sɛdeɛ wɔatwerɛ Awurade mmara mu sɛ: Ɔbarima biara a ɔbɛbue yafunu ano no, wɔbɛfrɛ no kronkron ama Awurade,) na wɔakɔbɔ afɔdeɛ sɛdeɛ wɔaka wɔ Awurade mmara mu no: Anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu. Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon; saa onipa yi tene, ɔsuro Nyame, na ɔretwɛn Israel awerɛkyekyerɛ no, na Honhom Kronkron wɔ ne so. Na Honhom Kronkron no ayi akyerɛ no sɛ ɔrenhunu owuo, gye sɛ wahunu Kristo a ɔyɛ Awurade deɛ no ansa. Na Honhom no maa no kɔɔ asɔrefie hɔ; na abɔfra Yesu awofoɔ no de no baa sɛ wɔrebɛyɛ sɛdeɛ mmara no teɛ ama no no, ɔfaa no too n’abasa so, na ɔyii Onyankopɔn ayɛ na afei ɔkaa sɛ: Awurade, afei woregya w’akoa kwan asomdwoeɛ mu sɛdeɛ w’asɛm seɛ; ɛfiri sɛ m’ani ahunu wo nkwagyeɛ a woasiesie wɔ aman nyinaa anim, kanea a ɛbɛma amanaman so ateɛ na ɛbɛhyɛ wo man Israel animuonyam. Na deɛ wɔkaa no ne ho no yɛɛ n’agya ne ne na nwanwa. Na Simeon hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ ne na Maria sɛ: Hwɛ, abɔfra yi na wɔde no asi hɔ ama Israel nnipa bebree ahweaseɛ ne wɔn sɔreɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a wɔbɛkasa atia no, na wo nso, afena bɛhwire wo ara wo kra mu, na akoma bebree mu nsusuiɛ ada adi. Na odiyifoɔ baa bi a wɔfrɛ no Hana wɔ hɔ. Ɔyɛ Fanuel ba a ɔfiri Aser abusuakuo mu. Wanyini, na ɔwaree ne mmabaaberɛ mu ne ne kunu tenaa mfirinhyia nson. Na ɔyɛ okunafoɔ a wadi bɛyɛ mfirinhyia aduɔwɔtwe nnan, na ɔmpa asɔrefie hɔ da, na ɔde mmuada ne mpaebɔ som Onyankopɔn adesaeɛ ne adekyeeɛ. Na dɔn no ara mu, ɔno nso bɛgyinaa hɔ bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara, na ɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ɔgyeɛ a wɔbɛgye Yerusalem no nyinaa. Na wɔwiee amanneɛ nyinaa yɛ sɛdeɛ Awurade mmara kyerɛ no, wɔsane kɔɔ wɔn kuro Nasaret a ɛwɔ Galilea mu. Na abɔfra no nyiniiɛ, na ɔyɛɛ nnam, na nyansa yɛɛ no ma, na Nyankopɔn adom wɔ ne so. Na n’awofoɔ kɔ Yerusalem daa afirinhyia Twam afahyɛ ase. Na ɔdii mfirinhyia dummienu no, wɔkɔe sɛdeɛ afahyɛ no ho amanneɛ teɛ. Na wɔdii nna no wieeɛ, na wɔresane aba no, abɔfra Yesu no kaa akyire wɔ Yerusalem, nanso na n’awofoɔ nnim. Na wɔsusuu sɛ wafra nnipakuo no mu nti, wɔkɔɔ da koro kwan, na wɔhwehwɛɛ no wɔn abusuafoɔ ne amannifoɔ mu. Na wɔanhu no no, wɔsane baa Yerusalem bɛhwehwɛɛ no. Na ɛbaa sɛ ne nnansa soɔ no, wɔkɔhunuu no wɔ asɔrefie sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ ntam retie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm. Na wɔn a wɔtiee no nyinaa, ne nyansa ne ne mmuaeɛ yɛɛ wɔn nwanwa. Na wɔhunuu no no, ɛyɛɛ wɔn ahodwiri, na ne na see no sɛ: Ɔba, adɛn na woayɛ yɛn sɛɛ yi? Hwɛ, me ne w’agya de ahoyera na ahwehwɛ woɔ. Na ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na mohwehwɛ me? Monnim sɛ ɛsɛ me sɛ metena m’agya fie? Na wɔn deɛ, wɔante asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no ase. Na ɔne wɔn sii mu sane kɔɔ Nasaret, na ɔbrɛɛ ne ho ase maa wɔn. Na ne na de nsɛm yi nyinaa siee n’akomam. Na Yesu nyinii nyansa ne kɛseyɛ ne Nyankopɔn ne nnipa nkyɛn adom mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Kaesare Tiberio ahennie afe a ɛtɔ so dunum mu no, na Pontio Pilato di Yudea amrado, na Herode di Galilea mansinihene, na ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti asase so, na Lisania di Abilene mansinihene, na Hana ne Kaiafa yɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ no, Nyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane nkyɛn serɛ so. Na ɔbaa Yordan ho asase nyinaa so bɛkaa adwensakyera asubɔ a ɛde kɔ bɔne fakyɛ mu, sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Odiyifoɔ Yesaia nsɛm nwoma mu sɛ: Obi nne retea mu serɛ so sɛ: Monsiesie Awurade kwan! Momma n’atempɔn ntene! Wɔbɛhyɛ abɔn nyinaa ma, na wɔabrɛ mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa ase; na deɛ akyea no bɛtene, na akwan mmonkyimmɔnka ayɛ tonomtonom. Na honam nyinaa bɛhunu Nyankopɔn nkwagyeɛ. Ɛnna ɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo a wɔfiri baa sɛ ɔmmɔ wɔn asu no sɛ: Nhuritia mma! Hwan na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ monnwane mfiri abufuo a ɛreba no ho? Na afei monso aba a ɛfata adwensakyera, na mommfiri aseɛ nnka no mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mese mo sɛ, Onyankopɔn bɛtumi anyane mma afiri aboɔ yi mu ama Abraham. Nanso wɔde akuma no ato nnua nhini no ho dada sɛ dua biara a ɛnso aba pa no, wɔbɛtwa ato ogya mu. Na nkurɔfoɔ akuakuo no bisaa no sɛ: Na yɛnyɛ dɛn? Na ɔbuaa wɔn sɛ: Deɛ ɔwɔ ntadeɛ mmienu no, ma no nkyɛ mu mma deɛ ɔnni bie bi, na deɛ ɔwɔ aduane no, ma no nyɛ saa ara. Na togyefoɔ nso baa sɛ ɔmmɔ wɔn asu, na wɔbisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, ɛdeɛn na yɛnyɛ? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnnye nnkyɛne deɛ wɔatwa ato hɔ no. Na asraafoɔ nso bisaa no sɛ: Yɛn nso yɛnyɛ dɛn? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnyɛ obiara haihai, nso monntoto obi ano kwa, na momma mo akatua nsɔ mo ani. Na ɛsiane sɛ ɔman no hwɛ kwan, na wɔn nyinaa susu wɔn akoma mu sɛ ebia Yohane ne Kristo no nti, Yohane kasa kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: Me deɛ, mede nsuo na mebɔ mo asu; na deɛ ne ho yɛ den sene me reba a mensɛ sɛ mesane ne mpaboa homa. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron ne ogya bɛbɔ mo asu. Ɔno na ne nhusoɔ apaawa kuta ne nsam, na ɔbɛpra n’aporeeɛ hɔ fitaa, na waboaboa ayuo no ano agu ne san so, na ntɛtɛ no deɛ, ɔde ogya a ɛnnum da bɛhye. Na nnoɔma pii nso ka ho a ɔde tuu ɔman no fo kaa asɛmpa kyerɛɛ wɔn. Na ɔmansinihene Herode, ne nua yere Herodia ho bɔne a wayɛ na Yohane kaa n’anim nti, ɔde yei kaa ne nyinaa ho de Yohane too afiase. Na ɛbaa sɛ ɔbɔɔ ɔman no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu nso asu, na ɔrebɔ mpaeɛ no, ɔsoro bueeɛ na Honhom Kronkron sianee honam tebea mu te sɛ aburuburo baa ne so, na ɛnne bi firi soro kaa sɛ: Wone me dɔba, wo na wosɔ m’ani. Yesu firii n’adwuma aseɛ no, na wadi bɛyɛ mfirinhyia aduasa, (na nkurɔfoɔ dwenee no sɛ ɔyɛ Yosef ba), Eli ba, Mattat ba, Lewi ba, Melki ba, Yanai ba, Yosef ba, Matatia ba, Amos ba, Nahum ba, Hesli ba, Nagai ba, Mahat ba, Matatia ba, Semein ba, Yosek ba, Yoda ba, Yohanan ba, Resa ba, Serubabel ba, Sealtiel ba, Neri ba, Melki ba, Adi ba, Kosam ba, Elmadam ba, Er ba, Yosua ba, Eliesa ba, Yorim ba, Matat ba, Lewi ba, Simeon ba, Yuda ba, Yosef ba, Yonam ba, Eliakim ba, Melea ba, Mena ba, Matata ba, Natan ba, Dawid ba, Yisai ba, Obed ba, Boas ba, Sala ba, Nahson ba, Aminadab ba, Admin ba, Arni ba, Hesron ba, Peres ba, Yuda ba, Yakob ba, Isak ba, Abraham ba, Tera ba, Nahor ba, Serug ba, Reu ba, Peleg ba, Eber ba, Sela ba, Kainan ba, Arfaksad ba, Sem ba, Noa ba, Lamek ba, Metusela ba, Henok ba, Yared ba, Mahalaleel ba, Kainan ba, Enos ba, Set ba, Adam ba, Nyankopɔn ba.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no sane firii Yordan ho, na Honhom no de no kɔɔ ɛserɛ so. Na ɔbonsam sɔɔ no hwɛe adaduanan. Nso nna no mu no, wanni hwee; na ɔwieeɛ no, ɛkɔm dee no. Na ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ Nyankopɔn ba a, hyɛ ɔboɔ yi na ɛnnane paanoo. Na Yesu buaa no sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Ɛnyɛ paanoo nko so na onipa nam bɛtena aseɛ. Na ɔde no kɔɔ beaeɛ a ɛkorɔn, kɔkyerɛɛ no wiase ahennie nyinaa prɛko. Na ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: Wo na mede tumi yi nyinaa ne emu animuonyam bɛma woɔ; na wɔde ahyɛ me nsa, na obiara a mepɛ no, mede mema no; enti sɛ wokoto sɔre me a, ne nyinaa bɛyɛ wo dea. Na Yesu buaa no sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Sɔre Awurade wo Nyankopɔn, na ɔno nko na som no! Na ɔde no kɔɔ Yerusalem, na ɔde no kɔgyinaa asɔrefie atifi, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ Nyankopɔn ba a, to wo ho firi ha twene fam! Na wɔatwerɛ sɛ: Wo nti, ɔbɛhyɛ n’abɔfoɔ sɛ wɔmmɛhwɛ wo, na wɔmmɛsoa wo wɔn nsam, na woamfa wo nan ampem ɔboɔ. Na Yesu bua see no sɛ: Wɔaka sɛ: Nsɔ Awurade wo Nyankopɔn nhwɛ! Na ɔbonsam wiee sɔhwɛ no nyinaa no, ɔgyaa no hɔ kɔe kakra. Na Yesu nam Honhom no ahoɔden mu sane baa Galilea, na ne ho asɛm trɛɛ asase a atwa ahyia no nyinaa so. Na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn hyia adan mu, na wɔn nyinaa hyɛɛ no animuonyam. Na ɔbaa Nasaret a wɔtetee no wɔ hɔ no, na homeda, sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔsɔre gyinae sɛ ɔrebɛkenkan. Na wɔde Odiyifoɔ Yesaia nwoma hyɛɛ ne nsa; na ɔtrɛɛ nwoma no mu hunuu faako a wɔatwerɛ sɛ: Awurade honhom wɔ me so, na enti wasra me sɛ memmɛka asɛmpa menkyerɛ ahiafoɔ; wasoma me sɛ memmɛka ɔgyeɛ menkyerɛ nnommum ne adehunu menkyerɛ anifirafoɔ, na memmrɛ wɔn a wɔapɛkyɛ wɔn no ahofadie, na memmɛda afe a Awurade anisɔ bɛba ne nkurɔfoɔ so no adi. Na ɔbobɔɔ nwoma no de maa ɔsomfoɔ no na ɔtenaa ase; na wɔn a wɔwɔ hyiadan mu hɔ nyinaa de wɔn ani hwɛɛ no dinn. Na ɔfirii aseɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnnɛ na twerɛsɛm yi aba mu mo aso mu. Na wɔn nyinaa dii no adanseɛ, na adom nsɛm a ɛfiri n’anomu no yɛɛ wɔn nwanwa, na wɔbisaa sɛ: Ɛnyɛ Yosef ba no ni anaa? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ampa ara, mode bɛ yi bɛbu me sɛ: Ɔsafo, sa wo ho yadeɛ! Nnoɔma a yɛate sɛ woyɛɛ no Kapernaum no, yɛ no w’agya kurom ha yi bi! Ɔkaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, wɔmpɛ odiyifoɔ biara agye no n’agya kurom. Na meka no nokorɛ mu, Elia berɛ so a ɔsoro mu too mfeɛ mmiɛnsa ne abosome nsia, na ɛkɔm kɛseɛ baa asase no nyinaa soɔ no, akunafoɔ pii wɔ Israel deɛ, nanso wɔansoma Elia ankɔ wɔn mu biara nkyɛn sɛ Sidon kuro Sarepta mu ɔbaa kunafoɔ bi nkyɛn. Na Odiyifoɔ Elisa berɛ so no, na akwatafoɔ pii wɔ Israel deɛ, nanso wɔamma wɔn mu biara ho amfi gye Siriani Naaman. Na wɔn a wɔwɔ hyiadan mu hɔ nyinaa tee saa no, abufuo hyɛɛ wɔn ma. Na wɔsɔre sunsumm no firii kuro no mu hɔ, de no kɔɔ bepɔ a wɔn kuro no da soɔ no ano sɛ wɔrekɔsum no ama ne nkɔnkɔ akɔwɔ hɔ. Nanso ɔfaa wɔn mfimfini kɔe. Na ɔbaa Galilea kuro bi a ɛde Kapernaum mu; na daa homeda ɔkyerɛkyerɛ wɔn. Na ne nkyerɛkyerɛ yɛɛ wɔn ahodwiri. Ɛfiri sɛ na n’asɛm no kura tumi. Na onipa bi wɔ hyiadan mu hɔ a ɔwɔ honhommɔne a ɛyɛ honhom fi, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Mmɛha yɛn! Ɛdeɛn na yɛne wo Nasareni Yesu wɔ yɛ? Wobaa sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim nipa ko a woyɛ, wone Onyankopɔn ne kronkronni no. Na Yesu teateaa no sɛ: Mua w’ano, na firi ne mu kɔ! Na honhommɔne no bɔɔ no hwee mfimfini hɔ firii ne mu kɔe, na wanyɛ no hwee. Na wɔn nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Asɛm bɛn ni, sɛ ɔde ahoɔden ne tumi hyɛ ahonhom fi ma wɔfiri adi yi? Na ne ho asɛm trɛ kɔɔ asase a atwa ahyia no nkuro nyinaa mu. Na ɔsɔre firii hyiadan mu hɔ baa Simon fie. Na Simon ase baa afoɛ kɛse, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmmɛhwɛ no. Na ɔbɛgyinaa n’atifi teateaa ɔfoɛ no, na ɛgyaa no. Na amonom hɔ ara ɔsɔre bɛsomm wɔn. Na owia retɔ no, wɔn a wɔwɔ ayarefoɔ a nyarewa ahodoɔ ha wɔn nyinaa de wɔn brɛɛ no; na ɔde ne nsa guu wɔn nyinaa so mmaako mmaako saa wɔn yadeɛ. Na ahonhommɔne nso firii nnipa pii mu kɔe, na wɔteaa mu sɛ: Wone Nyankopɔn ba no! Na ɔteateaa wɔn, wamma wɔankasa, ɛfiri sɛ wɔnim sɛ ɔne Kristo no. Na adeɛ kyeeɛ no, ɔfirii hɔ kɔɔ ɛserɛ so baabi. Na nkurɔfoɔ akuakuo no hwehwɛɛ no, na wɔbɛduruu ne nkyɛn, na wɔsiankaa no sɛ ɔmmfiri wɔn nkyɛn nnkɔ. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛsɛ sɛ meka Nyankopɔn ahennie ho asɛmpa no mekyerɛ nkuro foforɔ nso; ɛfiri sɛ yei na wɔbɔɔ din somaa me. Na ɔkaa asɛm Yudea hyia adan mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛbaa sɛ nkurɔfokuo no kyeree ne so sɛ wɔrebɛtie Nyankopɔn asɛm no, na ɔgyina Genesaret tadeɛ no ho; na ɔhunuu akodoɔ mmienu sɛ ɛsisi ɔtadeɛ no ho, na apofofoɔ no afiri mu rekɔhohoro wɔn asau. Na ɔkɔɔ ɔkodoɔ no baako a ɛyɛ Simon dea mu srɛɛ no sɛ ɔntwe mfiri fam kakra. Na ɔtenaa aseɛ no, ɔfiri kodoɔ no mu kyerɛkyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no. Na ɔgyaee kasa no, ɔka kyerɛɛ Simon sɛ: Siane kɔ deɛ ɛdɔ, na monkɔgu mo asau nyi nam! Na Simon buaa sɛ: Owura, yɛayɛ adwuma anadwo yi nyinaa, na yɛannya hwee, nanso w’asɛm nti mɛgu asau no. Na wɔyɛɛ saa no, wɔbumaa mpataa pii; a na wɔn asau no retete. Na wɔnyamm wɔn mfɛfoɔ a wɔwɔ kodoɔ baako no mu no sɛ wɔmmra mmɛsɔ wɔn mu; na wɔbae, na wɔhyɛɛ akodoɔ mmienu no mama ma anka ɛreyɛ amem. Na Simon Petro hunuiɛ no, ɔhwee Yesu nan ase kaa sɛ: Firi me nkyɛn kɔ, Awurade, na meyɛ onipa debɔneyɛni. Na ɔne wɔn a wɔka ne ho nyinaa, mpataa dodoɔ a wɔyiiɛ no nti, wɔn ho dwirii wɔn; na sɛ nso ɛyɛɛ Yakobo ne Yohane, Sebedeo mma a wɔyɛ Simon mfɛfoɔ ara ne no. Na Yesu ka kyerɛɛ Simon sɛ: Nsuro! Ɛfiri nnɛ wobɛyi nnipa. Na wɔde akodoɔ no baa asase soɔ no, wɔgyaa ne nyinaa hɔ dii n’akyi. Na ɛbaa sɛ ɔwɔ nkuro no baako mu no, ɔbarima bi a kwata ayɛ ne ho nyinaa baa hɔ. Na ɔhunuu Yesu no, ɔde n’anim butuu fam srɛɛ no sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi. Na ɔtenee ne nsa kaa no kaa sɛ: Mepɛ, wo ho mfi! Na ntɛm ara na kwata no firii ne ho kɔeɛ. Na ɔbaraa no sɛ ɔnnka nnkyerɛ obiara; na ɔse: Kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na w’ahofire nti kɔma sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ wɔn adanseɛ. Nanso ne ho asɛm trɛɛ mmom, na nkurɔfoɔ akuakuo pii bɛhyiaa sɛ wɔbɛtie no, na wasa wɔn nyarewa. Nanso ɔtwee ne ho kɔɔ ɛserɛ so kɔbɔɔ mpaeɛ. Na ɛbaa sɛ da bi a ɔrekyerɛkyerɛ no, na Farisifoɔ ne mmara akyerɛkyerɛfoɔ a wɔfiri Galilea ne Yudea nkuraa nyinaa ase ne Yerusalem aba tete hɔ; na Awurade ahoɔden wɔ ne so a ɔde sa yadeɛ. Na hwɛ, mmarima bi de onipa bi a ɔda kɛtɛ so a, ɔyare mmubuo bae, na wɔrehwehwɛ kwan de no abɛto n’anim. Na nkurɔfokuo no nti wɔannya kwan a wɔde no bɛfa soɔ aba no, wɔkɔɔ ɔdan no atifi de no faa ntaayaa no mu, ne kɛtɛ so, bɛtoo mfimfini, Yesu anim. Na ɔhunuu wɔn gyidie no, ɔsee no sɛ: Onipa, wɔde wo bɔne akyɛ wo. Na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no firii aseɛ susuu sɛ: Hwan ne oyi a ɔka abususɛm yi? Hwan na ɔbɛtumi de bɔne akyɛ, gye Onyankopɔn nko ara? Na Yesu hunuu wɔn adwene no, ɔbua see wɔn sɛ: Ɛdeɛn na moresusu wɔ mo akoma mu yi? Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ, sɛ wɔbɛka sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo anaasɛ wɔbɛka sɛ: Sɔre na nante? Na deɛ ɛbɛyɛ na moahunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi wɔ asase so, sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, ɔsee obubuani no sɛ: Mese wo sɛ: Sɔre fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fie! Na amonom hɔ ara ɔsɔree wɔn anim faa deɛ ɔdaa soɔ no firii hɔ kɔɔ ne fie hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam. Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam, na ehu kaa wɔn pii, na wɔkaa sɛ: Ɛnnɛ deɛ, yɛahunu anwanwadeɛ. Na yei akyiri no, ɔfirii adi, na ɔkɔhunuu togyeni bi a ne din de Lewi sɛ ɔte atogyeeɛ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Di m’akyi! Na ɔgyaa biribiara hɔ sɔre bɛdii n’akyi. Na Lewi too no pono kɛseɛ bi wɔ ne fie; na atogyefoɔ ne nnipa foforɔ pii ne wɔn bɛtenaa hɔ. Na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ nwiinwii kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Adɛn nti na mo ne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ didi na monom yi? Na Yesu see wɔn sɛ: Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, ɛnhia wɔn ɔyaresafoɔ, na mmom wɔn a wɔyareɛ no. Mammɛfrɛ ateneneefoɔ, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ sɛ wɔnsakyera wɔn adwene. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na Yohane asuafoɔ taa di mmuada na wɔbɔ mpaeɛ, na Farisifoɔ asuafoɔ nso yɛ saa ara; na w’asuafoɔ deɛ, wɔdidi na wɔnom! Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mobɛtumi ama ayeforɔ asefoɔ no adi mmuada, berɛ a ayeforɔkunu ne wɔn wɔ hɔ yi? Na nna bi bɛba a wɔbɛfa ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn; saa nna no mu na wɔbɛdi mmuada. Na ɔbuu bɛ yi nso kyerɛɛ wɔn sɛ: Obi mfa ntoma foforɔ sini ntɛ atadeɛ dada mu; ɔyɛ saa a, foforɔ no bɛtu, ɛfiri sɛ deɛ ɔtwa firii foforɔ no mu no ne dada no nsɛ. Na obi mfa nsa foforɔ ngu nwoma nkotokuo dada mu; anyɛ saa a, nsa foforɔ no bɛma nkotokuo no apaepae, na ahwiehwie agu, na nkotokuo no asɛesɛe. Na ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforɔ gu nkotokuo foforɔ mu. Nso obi nnom nsa dada na ɔnhwehwɛ foforɔ, na mmom ɔka sɛ: Dada no na ɛyɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛbaa sɛ homeda bi ɔkɔfaa aburoofuo bi mu, na n’asuafoɔ no pempanee mmɛtem no bi, na wɔposae wɔ wɔn nsa mu wee. Na Farisifoɔ mu binom bisaa wɔn sɛ: Adɛn na moreyɛ deɛ ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda? Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monkenkanee deɛ ɛkɔm dee Dawid ne wɔn a wɔka ne ho no, ɔyɛeɛ no? Sɛdeɛ ɔkɔɔ Nyankopɔn fie, kɔfaa kyerɛ paanoo no diiɛ, na ɔde bi maa wɔn nso a wɔka ne ho a obi nni ho kwan sɛ ɔdi bie, gye asɔfoɔ nko? Na ɔsee wɔn sɛ: Onipa ba no yɛ homeda so wura. Na ɛbaa sɛ homeda foforɔ bi nso ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛe. Na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa nifa awuo. Nso na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no retɛ no sɛ ɔbɛsa yadeɛ homeda anaa, na wɔanya ho akɔtoto n’ano. Nanso ɔhunuu wɔn adwene, enti ɔsee onipa a ne nsa awuo no sɛ: Sɔre gyina mfimfini! Na ɔsɔre gyinae. Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Merebisa mo: Ɛdeɛn na ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda, papa anaa bɔne, sɛ wɔbɛgye obi nkwa anaasɛ wɔbɛkum no? Na ɔhwɛɛ wɔn nyinaa hyiae ka kyerɛɛ no sɛ: Tene wo nsa! Na ɔyɛɛ saa, na ne nsa no sane yɛɛ yie. Na wɔn deɛ, abufuo yɛɛ wɔn ma, na wɔtuu adekodeɛ a wɔde bɛyɛ Yesu ho agyina. Na ɛbaa sɛ nna no mu ɔfirii adi kɔɔ bepɔ so mpaebɔ, na ɔbɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ anadwo mu no nyinaa. Na adeɛ kyeeɛ no, ɔfrɛɛ n’asuafoɔ no bae, na ɔyii wɔn mu dummienu a ɔfrɛɛ wɔn asomafoɔ; Simon a ɔfrɛɛ no Petro ne ne nua Andrea, Yakobo ne Yohane, Filipo ne Bartolomeo, Mateo ne Toma, Alfeo ba Yakobo ne Simon a wɔfrɛ no Selote, Yakobo ba Yuda ne Yuda Iskariot a ɔdanee yii no maeɛ no. Na ɔne wɔn sianeeɛ no, ɔbɛgyinaa baabi a ɛhɔ da soɔ; ɔne n’asuafoɔ bebree ne nnipa pii a wɔfiri Yudea nyinaa ne Yerusalem ne Tiro ne Sidon mpoano a wɔbaa sɛ wɔrebɛtie no na wasa wɔn yadeɛ, ne wɔn a ahonhom fi ha wɔn; na ɔsaa wɔn yadeɛ. Na nkurɔfokuo no nyinaa hwehwɛɛ sɛ wɔbɛka no, ɛfiri sɛ ahoɔden firi ne mu ba; na ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ. Na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ n’asuafoɔ no kaa sɛ: Nhyira ne mo ahiafoɔ, na Nyankopɔn ahennie no yɛ mo dea. Nhyira ne mo a ɛkɔm de mo yi, na wɔbɛma mo amee. Nhyira ne mo a moresu yi, na mobɛsere. Nhyira ne mo sɛ nnipa kyiri mo, na wɔyi mo firi wɔn mu na, wɔya mo, na wɔto mo din twene sɛ dimmɔne, Onipa Ba no nti. Momma mo ani nnye da no, na monni ahurisie! Na hwɛ, mo akatua so ɔsoro; na saa ara na wɔn agyanom de yɛɛ adiyifoɔ no. Nanso mo a moyɛ adefoɔ deɛ, monnue! Na moanya mo awerɛkyekyerɛ dada. Mo a moameɛ, monnue! na ɛkɔm bɛde mo. Mo a mosere seesei, monnue! na mo werɛ bɛho, na moasu. Nnipa nyinaa ka mo ho asɛm pa a, monnue! Na saa ara nso na wɔn agyanom de yɛɛ adiyifoɔ atorofoɔ no. Na mese mo a mote yi sɛ: Monnɔ mo atamfoɔ, monyɛ wɔn a wɔtane mo yie, monhyira wɔn a wɔdome mo, mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔha mo! Deɛ ɔbɔ w’aso baako mu no, dane baako no nso ma no. Na deɛ ɔfa w’atadeɛ nkatasoɔ no, mfa w’atadeɛ nhyɛaseɛ nso nkame no! Obiara a ɔsrɛ woɔ no, ma no! Na deɛ ɔgye w’adeɛ no, mmisa no bio! Na sɛdeɛ mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo no, monyɛ wɔn saa ara! Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, aseda bɛn na mowɔ? Na nnebɔneyɛfoɔ nso dɔ wɔn a wɔdɔ wɔn. Na sɛ moyɛ wɔn a wɔyɛ mo yie no yie a, aseda bɛn na mowɔ? Na nnebɔneyɛfoɔ nso yɛ saa ara. Na sɛ mofɛm wɔn a mo ani da so sɛ mobɛgye wɔn hɔ bio a, aseda bɛn na mowɔ? Na nnebɔneyɛfoɔ nso fɛm nnebɔneyɛfoɔ, sɛ wɔbɛgye saa ara bio. Na monnɔ mo atamfoɔ, na monyɛ yie na momfɛm wɔ deɛ ani nni biribi soɔ, na mo akatua ayɛ bebree, na moayɛ deɛ ɔwɔ sorosoro no mma, ɛfiri sɛ ɔno deɛ, ɔyɛ ma bonniayɛfoɔ ne nnipa bɔne. Enti monyɛ ntimmɔborɔ sɛdeɛ mo agya nso yɛ ntimmɔborɔ no. Nanso mommmu atɛn, na wɔammu mo atɛn; mommmu fɔ, na wɔammu mo fɔ; momfa nkyɛ, na wɔde akyɛ mo. Momma, na wɔama mo; susukoraa pa a wɔamia soɔ, na wɔawosoɔ, na abu soɔ na wɔde bɛgu mo ntoma mu. Na susukoraa a mode susuo no, ɛno ara na wɔde bɛsusu ama mo bio. Na ɔbuu wɔn bɛ sɛ: Onifirani bɛtumi akyerɛ onifirani kwan? Wɔn baanu nyinaa renhwe amena mu anaa? Osuani nsene ne kyerɛkyerɛfoɔ; deɛ wasua biribi ahunu na ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfoɔ. Na adɛn na wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua ani soɔ, na mpuna a ɛda wo ara w’ani soɔ deɛ, wonhunu? Ɛbɛyɛ dɛn na wobɛtumi aka akyerɛ wo nua sɛ: Onua, ma menyi duaa a ɛda w’ani soɔ no! Na wo ara w’ani so mpuna deɛ, wonhunu? Nyaatwomni, yi mpuna no firi w’ani so kane, ansa na woahunu adeɛ yie de ayi wo nua ani so duaa. Na dua pa biara nni hɔ a ɛso aba bɔne, nanso dua bɔne biara nni hɔ a ɛso aba pa. Na dua biara n’aba na wɔde hunu. Wɔntete borɔdɔma wɔ nkasɛɛ so, nanso wɔntete obobe aba wɔ nwerɛ so. Onipa pa firi nnepa a waboaboa ano n’akoma mu no mu na ɔyi adepa adie, na onipa bɔne firi nnebɔne a waboaboa ano n’akoma mu no mu na ɔyi adebɔne adie; na ɛfiri deɛ ayɛ akoma ma aboro soɔ no mu na ano ka. Na adɛn na mofrɛ me: Awurade, Awurade, na monyɛ deɛ meseɛ? Obiara a ɔba me nkyɛn na ɔtie me nsɛm, na ɔyɛ no, mɛkyerɛ mo deɛ ɔsɛ no: Ɔte sɛ onipa a ɔtoo aban, na ɔtutu maa no dɔeɛ, na ɔtoo fapem ɔbotan soɔ; na nsuo yiriiɛ no, ɛbɔ faa aban no ho, na antumi anwoso no, ɛfiri sɛ wɔtoo no yie. Na deɛ ɔteɛ, na ɔnyɛ no, te sɛ onipa a ɔtoo aban asase ani, na ɛnni fapem; ɛno na nsuo yiri faa ho, na ntɛm ara ɛhwee ase, na aban no sɛee koraa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔwiee ne nsɛm nyinaa ka wɔ nkurɔfoɔ no aso mu no, ɔkɔhyɛnee Kapernaum. Na asraafoɔ ɔha so panin bi akoa a ɔsom bo ma no yare, na ɔreyɛ awu. Na ɔtee Yesu nka no, ɔsomaa Yudafoɔ mpanimfoɔ kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra mmɛsa n’akoa no yadeɛ. Na wɔduruu Yesu nkyɛn no, wɔsrɛɛ no denden sɛ: Ɔfata sɛ wobɛyɛ saa adeɛ yi ama no; ɛfiri sɛ ɔdɔ yɛn man, na ɔno na wasi hyiadan ama yɛn. Na Yesu ne wɔn kɔe. Na ɔreyɛ abɛn efie no ho no, asraafoɔ ɔha so panin no somaa ne nnamfo bi baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Owura, nha wo ho, na mensɛ sɛ wobɛhyɛne me suhyɛ aseɛ; enti nso na mammu me ho sɛ mefata sɛ meba wo nkyɛn, na ka asɛm nko, na m’akoa no ho nyɛ no den. Na me nso meyɛ onipa a mehyɛ tumi aseɛ, na mewɔ asraafoɔ wɔ m’ase, na sɛ mese oyi sɛ: Kɔ! a, ɔkɔ, na mese ɔfoforɔ sɛ: Bra! a, ɔba, na mese m’akoa sɛ: Yɛ yei! a, ɔyɛ. Na Yesu tee yei no, ɛyɛɛ no nwanwa, na ɔdanee ne ho kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo a wɔdi n’akyire no sɛ: Mese mo sɛ, Israel mu mpo, menhunuu gyidie kɛseɛ a ɛte sɛɛ. Na wɔn a wɔsomaa wɔn no sane kɔɔ fie no, wɔkɔhunuu akoa a na ɔyareɛ no sɛ ne ho ayɛ no den. Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no, ɔkɔɔ kuro bi a wɔfrɛ no Nain mu, na n’asuafoɔ ne nkurɔfoɔ pii ne no kɔe. Na ɔbɛn kuro no pono akyiri no, hwɛ, na wɔso obi a wawu a ɔyɛ ne na babarima korɔ a wɔde no refiri adie. Na ɔbaa no yɛ okunafoɔ; na na kurom hɔfoɔ pii ka ne ho. Na Awurade hunuu ɔbaa no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nsu! Na ɔba bɛkaa funnaka no, na wɔn a wɔso no gyinae. Na ɔkaa sɛ: Aberanteɛ, mese wo sɛ: Sɔre! Na owufoɔ no sɔre tenaa ase, na ɔfirii aseɛ kasae, na ɔde no maa ne na. Na ehu kaa wɔn nyinaa, na wɔyii Onyankopɔn ayɛ sɛ: Odiyifoɔ kɛseɛ asɔre wɔ yɛn mu, na Onyankopɔn abɛhwɛ ne man. Na ne ho asɛm yi trɛɛ Yudea nyinaa ne asase a atwa ahyia nyinaa so. Na Yohane asuafoɔ kɔkaa yeinom nyinaa ho asɛm kyerɛɛ no. Na Yohane frɛɛ n’asuafoɔ no mu baanu somaa wɔn kɔɔ Awurade nkyɛn sɛ: Wone deɛ ɔreba no anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforɔ? Na nnipa no baa ne nkyɛn no, wɔkaa sɛ: Yohane suboni somaa yɛn wo nkyɛn sɛ: Wone deɛ ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforɔ? Na ɛdɔn no ara mu ɔsaa nnipa bebree yadeɛ ne haw ne ahonhommɔne, na pii nso a wɔn ani afira, ɔmaa wɔn hunuu adeɛ. Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monkɔ nkɔka deɛ moahunu ne deɛ moateɛ nkyerɛ Yohane sɛ: Anifirafoɔ hunu adeɛ, mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho fi, asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, na wɔreka asɛmpa akyerɛ ahiafoɔ; na nhyira ne deɛ merenyɛ no suntidua. Na Yohane abɔfoɔ no kɔeɛ no, ɔfirii aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Ɛdeɛn na mofirii adi kɔɔ ɛserɛ so kɔhwɛeɛ? Mmɛwa a mframa rehim? Anaasɛ ɛdeɛn na mofiri kɔhwɛeɛ? Onipa a ɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntade pa na wɔn asetena mu yɛ wɔn dɛ wɔ ahemfie. Anaasɛ ɛdeɛn na mofiri kɔhwɛeɛ? Odiyifoɔ anaa? Aane, mese mo sɛ, deɛ ɔsene odiyifoɔ mpo ni. Oyi ne deɛ wɔatwerɛ ne ho asɛm sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ adi w’anim a ɔbɛsiesie wo kwan adi w’anim. Mese mo sɛ, wɔn a mmaa awo wɔn no mu biara nyɛ kɛse nsene Yohane; nanso deɛ ɔyɛ akumaa Nyankopɔn ahennie mu no, yɛ kɛseɛ sene no. (Na nkurɔfoɔ a wɔteeɛ nyinaa ne togyefoɔ gyee Onyankopɔn nnwuma too mu maa wɔde Yohane asubɔ no bɔɔ wɔn asu; na Farisifoɔ ne mmarakyerɛfoɔ no deɛ, wɔpoo Nyankopɔn tirim asɛm a ɛwɔ hɔ ma wɔn, na wɔamma wammɔ wɔn asu.) Ɔse: Ɛhefoɔ ho na mede nnɛ mma yi bɛtoɔ? Na wɔte sɛ ɛhefoɔ? Wɔte sɛ mmɔfra a wɔtete dwa mu, refrɛfrɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Yɛahyɛne atɛntɛbɛn ama mo, na moansa; yɛatwa agyaadwo, na moansu. Na Yohane suboni aba, ɔnnidi na ɔnnom nsa, na mose: Ɔwɔ honhommɔne. Onipa ba no aba, ɔdidi na ɔnom, na mose: Hwɛ, onipa didifoɔ ne ɔsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo. Nanso nyansa mma nyinaa bu no bem. Na Farisifoɔ no mu baako hyiaa no adidie; na ɔkɔɔ Farisini no fie kɔtenaa adidiiɛ. Na hwɛ, ɔbaa debɔneyɛni bi a ɔwɔ kuro no mu tee sɛ ɔte adidiiɛ Farisini no fie no, ɔde ngo hwamhwam toa ma bae, na ɔbɛgyinaa n’akyi ne nan ho, na ɔresu, na ɔfirii aseɛ de nisuo no fɔɔ ne nan ho, na ɔde ne tirinwi pepaa ho, na ɔfee ne nan ho, na ɔde ngo hwamhwam no sraa ho. Na Farisini a ɔhyiaa no adidie no hunuiɛ no, ɔkaa ne tirim sɛ: Onipa yi, sɛ ɔyɛ odiyifoɔ a, anka ɔbɛhunu onii ne ɔbaa ko a ɔde ne nsa ka no yi sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni. Na Yesu bua see no sɛ: Simon, mewɔ asɛm bi meka mekyerɛ wo. Na ɔse: Kyerɛkyerɛfoɔ, ka! Ɔse: Boseabɔni bi wɔ akafoɔ baanu; ɔbaako de no denare ahanum, na ɔbaako de no aduonum. Na wɔnnya biribi ntua no, ɔde kyɛɛ wɔn baanu nyinaa kwa. Enti kyerɛ me wɔn mu deɛ ɔbɛdɔ no bebrebe. Na Simon buaa se: Mesusu sɛ deɛ ɔde bebrebe kyɛɛ no no. Na ɔsee no sɛ: Woabua no yie. Na ɔdanee n’ani kyerɛɛ ɔbaa no see Simon sɛ: Woahunu ɔbaa yi? Mebaa wo fie, woamma me nsuo mangu me nan so, na ɔbaa yi deɛ, ɔde ne nisuo afɔ me nan ho, na ɔde ne tirinwi apepa ho. Woamfe m’ano, na ɔbaa yi deɛ, ɛfiri sɛ mebaa ha yi, ɔnnyaee me nan ho feɛ. Woamfa ngo ansra me tirim, na ɔbaa yi deɛ, ɔde ngo hwamhwam asra me nan ho. Na yei nti mese wo sɛ, wɔde ne bɔne a ɛdɔɔso no akyɛ, ɛfiri sɛ ɔdɔ pii. Na deɛ wɔde kakraa bi kyɛ no no, ɔdɔ kakraa bi. Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo. Na wɔn a wɔne no te adidiiɛ no firii aseɛ kekaa no wɔn mu sɛ: Hwan ne oyi a ɔde bɔne nso kyɛ? Na ɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Wo gyidie agye wo, kɔ asomdwoeɛ mu!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛbaa sɛ yei akyiri no, ɔkɔfaa nkuro ne nkuraa nyinaa mu, kaa Nyankopɔn ahennie ho asɛmpa kyerɛe, na dummienu no ka ne ho, ne mmaa bi a wasa wɔn ahonhommɔne ne ahoɔmmerɛ, wɔn ne Maria a wɔfrɛ no Magdalene a ɔtuu ahonhommɔne nson firii ne mu no ne Yohana, Herode fiepanin Kusa yere, ne Susana ne afoforɔ bebree a wɔde wɔn ahodeɛ bi somm no. Na nkurɔfokuo pii boaboaa wɔn ano ne wɔn a wɔfiri nkuro no nyinaa mu baa ne nkyɛn no, ɔbuu wɔn bɛ sɛ: Ogufoɔ bi firii adi kɔguu n’aba. Na ɔreguo no, ebi kɔguu kwankyɛn; na wɔtiatiaa so, na ewiem nnomaa bɛsosɔe. Na ebi kɔguu ɔbotan so; na ɛfifiriiɛ no, ɛhyee, ɛfiri sɛ ɛnni fonwunu ntira. Na ebi kɔguu nkasɛɛ mu; na nkasɛɛ no ne no fifirii, na ɛmiaa no. Na ebi kɔguu asase pa mu; na ɛfifirii, na ɛsoo aba ahodoɔ ɔha. Na ɔkaa saa no, ɔteaa mu sɛ: Deɛ ɔwɔ aso bɛtie no, ma no ntie! Na n’asuafoɔ no bisaa no sɛ: Ɛbɛ yi ase ne sɛn? Na ɔse: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu Nyankopɔn ahennie mu ahuntasɛm no; na wɔn a aka deɛ, wɔde ama wɔn mmebuo mu, na wɔahunu, na wɔanhunu mu, na wɔate, nanso wɔante aseɛ. Na ɛbɛ no ni: Aba a wɔguo no ne Nyankopɔn asɛm. Ɔkwankyɛn deɛ no ne wɔn a wɔteɛ; na ɔbonsam ba bɛyi asɛm no firi wɔn akoma mu, na wɔannye anni na wɔannye wɔn nkwa. Ɔbotan so deɛ no ne wɔn a wɔte asɛm no a, wɔde anigyeɛ gyeɛ, nanso yeinom nni nhini, na wɔgye di ma no kyɛre kakra, na sɔhwɛ berɛ ba a, na wɔagyae. Na deɛ ɛguu nkasɛɛ mu no ne wɔn a wɔteɛ, na wɔnam asetena yi mu dadwene ne haw ne ahonya ne anigyedeɛ mu na ɛmia wɔn, na wɔn aba no mmere nwie. Na asase pa mu deɛ no ne wɔn a wɔde akoma pa a ɛyɛ te asɛm no, na wɔde sie, na wɔnam boasetɔ mu so aba. Na obi nsɔ kanea mfa adeɛ nkata so, anaasɛ ɔmfa nsi mpa ase; na mmom ɔde si kaneadua so, na wɔn a wɔkɔ mu hɔ ahunu kanea no. Na biribi nni kokoam a wɔrenyi no adie, na ahunta a wɔrenhunu, na ɛrenna adie. Enti monhwɛ yie sɛdeɛ mote asɛm no fa. Na obiara a ɔwɔ no na wɔde bɛma no; na deɛ ɔnni bi deɛ, deɛ ɔsusu sɛ ɔwɔ mpo, wɔbɛgye ne nsam. Na ne na ne ne nuanom baa ne nkyɛn, na nkyeresoɔ no nti wɔantumi ammɛn no. Na wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: Wo na ne wo nuanom gyina mfikyire pɛ sɛ wɔhu woɔ. Na ɔbua see wɔn sɛ: Me na ne me nuanom ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wɔdi soɔ. Na ɛbaa sɛ da bi ɔne n’asuafoɔ no kɔtenaa kodoɔ mu, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma yɛntwa nkɔ ɔtadeɛ no agya nohoa. Na wɔhare kɔe. Na wɔrekorɔ no, ɔdae. Na mframa kɛseɛ bi bɔɔ huu baa ɔtadeɛ no so, na nsuo bu faa wɔn so, na wɔwɔ amanehunu mu. Na wɔbaa ne nkyɛn bɛnyanee no sɛ: Owura, owura, yɛreyera! Na ɔsɔre teateaa mframa ne nsuo no aworɔ no; na ɛgyae yɛɛ dinn. Na ɔsee wɔn sɛ: Mo gyidie wɔ he? Na wɔsuroe, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔsesee wɔn ho sɛ: Onipa bɛn ara ni na ɔhyɛ mframa ne nsuo mpo na ɛtie no yi? Na wɔkɔduruu Gerasefoɔ asase a ɛwɔ Galilea ntentensoɔ so. Na ɔsii fam no, ɔbarima bi a ahonhommɔne wɔ ne mu dadaada, a ɔfiri kuro no mu bɛhyiaa no, ɔnhyɛ atadeɛ, na ɔnte ɛdan biara mu, na mmom aboda mu na ɔte wɔ asieeɛ. Na ɔhunuu Yesu no, ɔteaa mu denden hwee ase n’anim, na ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no ba, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Mesrɛ wo sɛ nha me! Ɛfiri sɛ waka akyerɛ honhom fi no sɛ ɔmfiri onipa no mu; (na daa na ɛkye no a, wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn ne mpokyerɛ gu no wɛn no, na ɔtete deɛ wɔde akyekyere no no mu. Na honhommɔne no pamm no kɔɔ anwea pradada so.) Na Yesu bisaa no sɛ: Wo din de sɛn? Na ɔse: Ɛdɔm, ɛfiri sɛ ahonhommɔne pii akɔ ne mu. Na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnnhyɛ wɔn mmma wɔnnkɔ bunu no mu. Na mprakokuo kɛseɛ bi wɔ hɔ a wɔredidi wɔ bepɔ no soɔ; na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔn kwan na wɔnkɔ wɔn mu. Na ɔmaa wɔn kwan. Na ahonhommɔne no firii onipa no mu kɔɔ mprako no mu, na ekuo no bɔɔ kirididi sianee ɔbotan kuronkuron no kɔguu ɔtadeɛ no mu, na wɔmemee. Na wɔn a wɔhwɛ wɔn soɔ no hunuu deɛ asie no, wɔdwanee, na wɔkɔkaa no kuro no ne nkuraaseɛ mu. Na wɔfirii adi bɛhwɛɛ deɛ asie; na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wɔbɛhunuu onipa a ahonhommɔne firii ne mu kɔeɛ no sɛ ɔte Yesu nan ase fira ntoma a n’adwene mu ateɛ; na wɔsuroe. Na wɔn nso a wɔhunuiɛ no kaa sɛdeɛ ɛyɛeɛ na deɛ ɔwɔ ahonhommɔne no ho sanee no. Na Gerasefoɔ asase a atwa ahyia no so nkurɔfoɔ nyinaa srɛɛ no sɛ ɔmfiri wɔn nkyɛn nkɔ, ɛfiri sɛ na ehu kɛseɛ aka wɔn. Na ɔsii kodoɔ mu sane kɔe. Na ɔbarima no a ahonhommɔne firii ne mu no srɛɛ no sɛ ɔbɛtena ne nkyɛn. Nanso Yesu gyaa no kwan sɛ: Sane kɔ wo fie, na kɔka ade kɛseɛ a Onyankopɔn ayɛ ama woɔ yi kyerɛ! Na ɔkɔ kɔkaa ade kɛseɛ a Yesu ayɛ ama no no kuro no mu nyinaa. Na Yesu sane baeɛ no, nkurɔfokuo no gyee no; ɛfiri sɛ na wɔn nyinaa retwɛn no. Na hwɛ, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a ɔyɛ hyiadan mu panin bae, na ɔbɛhwee Yesu nan ase srɛɛ no sɛ ɔmmra ne fie; na ɔwɔ ɔbabaa korɔ a wadi bɛyɛ mfirinhyia dummienu, na ɔda hɔ rewu. Na ɔrekorɔ no, na nkurɔfoɔ akuakuo no kyere ne so. Na ɔbaa bi a wanya mogyaguo mfirinhyia dummienu, na obiara antumi ansa no yadeɛ bɛfirii n’akyi bɛkaa n’atadeɛ ano nnwo, na amonom hɔ ara ne mogyaguo no twae. Na Yesu kaa sɛ: Hwan na ɔkaa me? Na wɔn nyinaa resan no, Petro kaa sɛ: Owura, nkurɔfoɔ akuakuo no akyere wo so, na wɔremia wo. Na Yesu se: Obi aka me, na mahunu sɛ ahoɔden bi afiri me mu kɔ. Na ɔbaa no hunuu sɛ ada adi no, ɔde ahopopoɔ ba bɛhwee n’anim, na ɔkaa adekodeɛ a enti ɔkɔkaa no ne sɛdeɛ ne ho sanee no amonom hɔ ara no kyerɛɛ no ɔman no nyinaa anim. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbabaa, wo gyidie agye wo nkwa, kɔ asomdwoeɛ mu! Na ɔrekasa no, obi firi hyiadan mu panin no fie bɛkaa sɛ: Wo babaa no awu, nha kyerɛkyerɛfoɔ no! Na Yesu teeɛ no, ɔbuaa no sɛ: Nsuro, gye di ara, na ɔbɛnya nkwa. Na ɔbaa fie hɔ no, wamma obiara ankɔ mu, gye Petro, Yohane, Yakobo ne abɔfra no agya ne ne na. Na wɔn nyinaa resu, na wɔregyam no. Na ɔse: Monnsu! Na ɔnwui, na wada. Na wɔseree no, ɛfiri sɛ na wɔnim sɛ wawu. Na ɔsɔɔ ne nsa frɛɛ no sɛ: Abɔfra, nyane! Na ne honhom sane baa bio, na ɔsɔree ntɛmntɛm; na ɔhyɛɛ sɛ wɔmma no biribi nni. Na ɛyɛɛ n’awofoɔ ahodwiri; na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka deɛ asie yi nnkyerɛ obiara.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔfrɛɛ dummienu no hyiae, maa wɔn ahonhommɔne nyinaa ne ayaresa so tumi ne ahoɔden. Na ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Nyankopɔn ahennie ho asɛm, na wɔnsa yadeɛ. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommfa biribiara nntu kwan, mommfa poma anaa bɔtɔ anaa aduane anaa sika anaa ntadeɛ mmienu mmienu. Na efie biara a mobɛkɔ mu no, ɛhɔ ara na montena, na moafiri hɔ akɔ. Na wɔn a wɔrennye mo no, mofiri kurom hɔ rekɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo mfa nni adanseɛ ntia wɔn. Na wɔsii mu hɔ faa nkuraa nyinaa ase mmaako mmaako kaa asɛmpa no, na wɔsaa yadeɛ baabiara. Na ɔmansinihene Herode tee deɛ ɔyɛeɛ nyinaa; na ne tiri mu yɛɛ no keserenee sɛ ebinom se: Wɔanyane Yohane afiri awufoɔ mu, na ebinom se: Elia ayi ne ho akyerɛ, na afoforɔ se: Tete adiyifoɔ no mu baako asɔre. Na Herode kaa sɛ: Yohane deɛ, matwa ne ti, na hwan ne oyi a mete ne ho nsɛm a ɛte sɛɛ yi? Na ɔhwehwɛɛ sɛ ɔhu no. Na asomafoɔ no sane bae, na wɔbɛkaa deɛ wɔakɔyɛ nyinaa kyerɛɛ no. Na ɔfaa wɔn de wɔn kɔɔ afa baabi, kuro a wɔfrɛ no Betsaida no ho. Na nkurɔfoɔ akuakuo no hunuiɛ no, wɔdii n’akyi; na ɔgyee wɔn kaa wɔn Nyankopɔn ahennie ho asɛm, na ɔsaa wɔn a ɛhia ayaresa no yadeɛ. Na adeɛ reyɛ asa; na dummienu no ba bɛsee no sɛ: Gya nkurɔfokuo no kwan na wɔnkɔ nkuro ne nkuraase a atwa ahyia yi so nkɔtena hɔ, na wɔanya aduane; na baabi a yɛwɔ yi yɛ ɛserɛ so. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma wɔn biribi nni! Na wɔse: Yɛnni biribiara sɛ paanoo nnum ne mpataa mmienu pɛ, gye sɛ yɛkɔtɔ aduane ma nkurɔfoɔ yi nyinaa. Na wɔbɛyɛ mmarima mpemnum. Na ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Momma wɔntenatena ase akuakuo bɛyɛ aduonum aduonum. Na wɔyɛɛ saa, na wɔmaa wɔn nyinaa tenatenaa ase. Na ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no hwɛɛ ɔsoro hyiraa so, na ɔbubu de maa asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ mma nkurɔfokuo no. Na wɔdii, na wɔn nyinaa meemee, na wɔtasee mporoporowa a ɛkaeɛ no nkɛntɛn dummienu. Na ɛbaa sɛ ɔno nko wɔ hɔ rebɔ mpaeɛ no, na n’asuafoɔ no ka ne ho; na ɔbisaa wɔn sɛ: Nkurɔfoɔ akuakuo no se: Mene hwan? Na wɔbuaa sɛ: Yohane suboni, na ebinom se: Elia, na afoforɔ se: Tete adiyifoɔ no mu bi na wasɔreɛ. Na ɔbisaa wɔn sɛ: Mo deɛ, mose mene hwan? Na Petro buaa sɛ: Onyankopɔn Kristo no. Na ɔhyɛɛ wɔn nyinaa ketee, baraa wɔn sɛ wɔnnka yei nnkyerɛ obiara sɛ: Ɛsɛ sɛ Onipa Ba no hunu amane pii, na mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ apo no, na wɔakum no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wanyane. Na ɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi m’akyiri a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛnnua daa, na ɔnni m’akyi. Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛgye ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa, na deɛ me nti ne kra bɛfiri ne nsa no, ɔbɛgye no nkwa. Na sɛ onipa nya wiase nyinaa, na ɔyera anaasɛ ɔhwere ne ho a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? Na obiara a n’ani bɛwu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso ho bɛyɛ Onipa Ba no aniwu ɛda a ɔde ɔno ne n’agya ne n’abɔfoɔ kronkron animuonyam bɛba no. Na nokorɛ mese mo sɛ: Wɔn a wɔgyina ha yi mu binom wɔ hɔ a, wɔrenka owuo nhwɛ kɔsi sɛ wɔbɛhunu Nyankopɔn ahennie ansa. Na ɛbaa sɛ nsɛm yi akyi bɛyɛ nnawɔtwe no, ɔfaa Petro ne Yohane ne Yakobo, na ɔne wɔn kɔɔ bepɔ so mpaebɔ. Na ɔrebɔ mpaeɛ no, n’anim tebea sakyerae, na n’atadeɛ yɛɛ fitaa, na ɛhrann. Na hwɛ, mmarima baanu a ɛyɛ Mose ne Elia ne no bɛkasae; na wɔyii wɔn ho adi animuonyam mu, na wɔkaa ne wuo a ɔbɛwu wɔ Yerusalem ho asɛm. Na nna afa Petro ne wɔn a wɔka ne ho no; na wɔnyaneeɛ no, wɔhunuu n’animuonyam no ne mmarima baanu no sɛ wɔne no gyina hɔ. Na ɛbaa sɛ wɔrefiri ne nkyɛn akorɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Owura, ɛyɛ sɛ yɛtena ha, na ma yɛmmɔ asese mmiɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako, na Elia deɛ baako; ɛfiri sɛ na ɔnnim deɛ ɔreka. Na ɔreka saa no, mununkum ba bɛkataa wɔn so; na wɔrekɔ mununkum no mu no, wɔsuroe. Na ɛnne bi firii mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me ba a mayi no, montie no! Na ɛnne no twaa mu no, wɔhunuu Yesu nko ara. Na wɔmuamuaa so, na nna no mu no, wɔanka nnoɔma a wɔhunuiɛ no ankyerɛ obiara. Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ a wɔfiri bepɔ no so sii fam no, nkurɔfokuo bebree bɛhyiaa no. Na hwɛ, ɔbarima bi a ɔfiri nkurɔfoɔ no mu teaa mu sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, mesrɛ wo, hwɛ me ba yi, na ɔyɛ me ba korɔ. Na hwɛ, honhom bi kye no, na ɔfu mu tea mu su, na ɛsensene no ma n’ano twa ahuro, na ɔbu fa so, na ɛdene no ansa na agyaa no. Na mesrɛɛ w’asuafoɔ no sɛ wɔntu no, nanso wɔantumi. Na Yesu buaa sɛ: O ɛnnɛ mma a wɔnni gyidie na wɔakyeakyea, mentena mo nkyɛn na mento me bo ase mo ho nkɔduru da bɛn? Fa wo ba no bra ha! Na ɔreba no, honhommɔne no himm no hwee fam, na ɛsensenee no. Na Yesu teateaa honhom fi no, na ɔsaa abɔfra no yadeɛ, na ɔde no maa n’agya. Na Nyankopɔn ahoɔden kɛseɛ yi yɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri. — Na nnoɔma a Yesu yɛeɛ no nyinaa yɛɛ wɔn nwanwa no, ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Momma nsɛm yi nkɔ mo aso mu; na wɔrebɛyi onipa ba no ahyɛ nnipa nsa. Na wɔante asɛm yi ase, ɛfiri sɛ na wɔde ahunta wɔn na wɔanhunu. Na wɔsuroo sɛ wɔbɛbisa no asɛm yi. Na asɛm bi baa wɔn mu sɛ wɔn mu hwan na ɔbɛyɛ kɛseɛ? Na Yesu hunuu wɔn akoma mu nsusuiɛ no, ɔfaa abɔfra bi bɛgyinaa ne nkyɛn, na ɔsee wɔn sɛ: Obiara a ɔbɛgye abɔfra yi me din mu no, wagye me; na obiara a ɔbɛgye me no, na wagye deɛ ɔsomaa me no. Na deɛ ɔyɛ mo nyinaa mu akumaa no, ɔno na ɔbɛyɛ kɛseɛ. Na Yohane buaa sɛ: Owura, yɛhunuu sɛ obi de wo din retu ahonhommɔne; na yɛbaraa no, ɛfiri sɛ ɛnyɛ ɔne yɛn na ɛnam. Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Mommmara no! Na deɛ ɔnyɛ biribi ntia mo no na ɔwɔ mo afa. Na ɛbaa sɛ nna a wɔrebɛfa no akɔ ɔsoro reyɛ awie duru no, ɔde sii n’anim sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem. Na ɔsomaa abɔfoɔ dii n’anim; na wɔkɔeɛ no, wɔkɔhyɛnee Samariafoɔ akuraa bi ase sɛ wɔrekɔsiesie hɔ ama no. Na wɔannye no, ɛfiri sɛ na n’ani kyerɛ Yerusalem. Na n’asuafoɔ Yakobo ne Yohane hunuiɛ no, wɔkaa sɛ: Awurade, wopɛ sɛ yɛka na ogya firi soro bɛhye wɔn? Na ɔdanee ne ho kaa wɔn anim. Na wɔkɔɔ akuraa foforɔ bi ase. Na ɛbaa sɛ wɔnam kwan mu rekorɔ no, obi ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, baabiara a wobɛkorɔ no, mɛdi w’akyi. Na Yesu see no sɛ: Nsakraman wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mpirebuo; na Onipa Ba no deɛ, ɔnni deɛ ɔde ne tiri toɔ. Na ɔka kyerɛɛ ɔfoforɔ sɛ: Di m’akyi! Na ɔno deɛ ɔse: Ma me kwan na menkɔsie m’agya ansa. Na Yesu see no sɛ: Ma awufoɔ nsie wɔn awufoɔ, na wo deɛ, kɔ na kɔka Nyankopɔn ahennie ho asɛm! Na ɔfoforɔ nso kaa sɛ: Awurade, mɛdi w’akyi, na ma me kwan na menkɔkra wɔn a wɔwɔ me fie ansa. Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Obiara a ɔde ne nsa kɔsɔ funtumdadeɛ mu na ɔhwɛ n’akyire no mfata Nyankopɔn ahennie no mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yeinom akyiri no, Awurade yii nnipa aduɔson bio, na ɔsomasomaa wɔn baanu baanu dii n’anim kɔɔ kuro biara ne baabiara a ɔno ara rebɛkɔ hɔ. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Otwa adwuma no so, na adwumayɛfoɔ no deɛ, wɔsua; enti monsrɛ otwa no wura no, na ɔntu adwumayɛfoɔ mmra ne twa no mu. Monkɔ! Hwɛ, meresoma mo sɛ nnwanten akɔ mpataku mu. Mommfa sika kotokuo anaa akwantuo bɔtɔ anaa mpaboa; na monnkyea obi ɔkwan mu! Na efie biara a mobɛkɔ mu no, monse kane sɛ: Asomdwoeɛ mmra efie ha! Na sɛ asomdwoeɛ ba wɔ hɔ a, mo asomdwoeɛ bɛtena ne so; na sɛ ɛnte saa a, ɛbɛsane aba mo so. Na efie hɔ ara na montena, na monni na monnom deɛ ɛwɔ wɔn nsam; na odwumayɛfoɔ akatua sɛ no. Mommfiri efie mu nnkɔ efie mu! Na kuro biara a mobɛkɔ mu no, wɔgye mo a, monni deɛ wɔde bɛsi mo anim! Na monsa emu ayarefoɔ yadeɛ, na monka nkyerɛ wɔn sɛ: Nyankopɔn ahennie abɛn mo. Na kuro biara a mobɛkɔ mu na wɔrennye mo no, momfiri adi nkɔ kuro no abɔntene so, na monka sɛ: Mfuturo a ɛfiri mo kuro mu, a ahura yɛn nan ho mpo, yɛreprapra agu mo so; na ɛyɛ dɛn ara a, monhunu yei sɛ Nyankopɔn ahennie abɛn mo. Na mese mo sɛ, ɛda no, ɛbɛfanyinam Sodom asene kuro no. Korasin, due! Betsaida, due! Ɛfiri sɛ ahoɔdenneɛ a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔtenatenaa ayitoma ne nso mu sakyeraa wɔn adwene ntɛm ara. Nso atemmuo mu no, ɛbɛfanyinam Tiro ne Sidon asene mo. Na wo Kapernaum, wɔbɛma wo so akɔ ɔsoro anaa? Hwɛ, wɔbɛbrɛ wo ase akɔ Asamando. Deɛ ɔtie mo no, watie me; na deɛ ɔpa mo no, wapa me. Na deɛ ɔpa me no, wapa deɛ ɔsomaa me no. Na aduɔson no de anigyeɛ sane ba bɛkaa sɛ: Awurade, wo din mu ahonhommɔne mpo abrɛ wɔn ho ase ama yɛn. Na ɔsee wɔn sɛ: Mehunuu Satan sɛ ɔfiri soro hwee ase sɛ anyinam. Hwɛ, mema mo tumi sɛ montiatia awɔ ne anyanyankyerɛ ne ɔtamfoɔ no ahoɔden nyinaa so; na biribiara rentumi nyɛ mo hwee. Nanso yei mu deɛ, mommma mo ani nnnye sɛ ahonhom abrɛ wɔn ho ase ama mo; na mmom, momma mo ani nnye sɛ wɔatwerɛ mo din ɔsoro. Ɛdɔn no ara mu ne ho sanee no honhom mu, na ɔkaa sɛ: Agya, ɔsoro ne asase Wura, meyi wo ayɛ sɛ wode nnoɔma yi ahunta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi akyerɛ nkɔkoaa. Aane, Agya, ne saa na ɛyɛ anisɔ wɔ w’anim. M’Agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na obi nnim deɛ Ɔba no yɛ, gye Agya no. Nanso obi nnim deɛ Agya no yɛ, gye Ɔba no ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔyi no adi kyerɛ no. Na ɔdanee ne ho kyerɛɛ asuafoɔ no ka kyerɛɛ wɔn nko sɛ: Nhyira ne ani a ɛhunu deɛ mohunu yi; na mese mo sɛ, adiyifoɔ ne ahemfo bebree pɛɛ sɛ anka wɔhunu nnoɔma a mohunu yi, na wɔanhunu, na wɔte nsɛm a moteɛ yi, na wɔante. Na hwɛ, mmarakyerɛni bi sɔre gyinaa hɔ sɔɔ no hwɛe sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, menyɛ dɛn na manya daa nkwa? Na Yesu bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na wɔatwerɛ mmara no mu? Wokenkan no sɛn? Na ɔbuaa sɛ: Fa w’akoma nyinaa, ne wo kra nyinaa, ne w’ahoɔden nyinaa, ne w’adwene nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn; na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho. Na ɔsee no sɛ: Woabua no yie; yɛ yei, na wobɛnya nkwa. Na ɔno deɛ, ɔpɛɛ sɛ ɔbu ne ho bem, nti ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: Na hwan ne me yɔnko? Na Yesu yii ano sɛ: Onipa bi firi Yerusalem siane kɔɔ Yeriko, na ɔkɔtɔɔ akwanmukafoɔ mu, na wɔpaa ne ho ntoma, bobɔɔ no afɛ, gyaa no hɔ kɔe a na watɔ bera. Na ɛbaa sɛ ɔsɔfoɔ bi bɛfaa kwan no so; na ɔbɛhunuu no no, ɔsianee ne ho kɔeɛ. Saa ara nso na Lewini bi a ɔbaa hɔnom, ɔbɛhunuu no no, ɔsianee ne ho kɔeɛ. Na Samariani bi a ɔnam ne kwan baa deɛ ɔwɔ hɔ, na ɔhunuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ. Na ɔkɔɔ ne nkyɛn kɔkyekyeree n’akuro no, de ngo ne nsa guguu mu, na ɔde no tenaa ɔno ara n’aboa so de no kɔɔ ahɔhodan mu kɔhwɛɛ no. Na adeɛ kyeeɛ no, ɔyii denare mmienu de maa ahɔhodan mu panin no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ no, na biribiara a wobɛhwere aka ho no, mesane meba a, mɛhyɛ wo ananmu. Afei wɔn baasa yi mu hwan na wosusu sɛ wayɛ deɛ ɔkɔtɔɔ akwanmukafoɔ mu yi yɔnko? Na ɔse: Deɛ ɔhunuu no mmɔborɔ no a. Ɛnna Yesu see no sɛ: Kɔ, na wo nso kɔyɛ saa ara! Na ɛbaa sɛ wɔrekorɔ no, ɔkɔɔ akuraa bi ase. Na ɔbaa bi a wɔfrɛ no Marta faa no kɔɔ ne fie. Na Marta wɔ onuabaa bi a wɔfrɛ no Maria a ɔtenaa Awurade nan ase tiee n’asɛm. Na Marta deɛ, ɔbrɛɛ ne ho ɔsom pii ho; na ɔbɛgyinaa hɔ kaa sɛ: Awurade, wonhwɛ sɛ me nua agya me nko hɔ, na meresom? Enti ka kyerɛ no, na ɔmmɛsɔ me mu abia. Na Awurade bua see no sɛ: Marta, Marta, wodwendwene, na woha wo ho nnoɔma pii ho; adeɛ baako na ɛhia: Maria deɛ, wayi deɛ ɛyɛ no, ɛno na wɔrennye ne nsam.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛbaa sɛ ɔwɔ baabi rebɔ mpaeɛ na ɔgyaeeɛ no, n’asuafoɔ no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ, sɛdeɛ Yohane nso kyerɛɛ n’asuafoɔ no. Na ɔsee wɔn sɛ: Mobɔ mpaeɛ a, monka sɛ: Agya, wo din ho nte, w’ahennie mmra. Ma yɛn yɛn daa aduane daa! Na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn, ɛfiri sɛ yɛn nso de kyɛ obiara a ɔde yɛn aka. Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu! Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo mu hwan na ɔwɔ adamfoɔ, na ɔbɛkɔ ne nkyɛn ɔdasuo mu akɔka akyerɛ no sɛ: Damfo, fɛm me paanoo mmiɛnsa, na m’adamfo bi firi kwan so aba me nkyɛn, na mennya biribi memma no. Na ɔfiri mu nohoa bɛbua no sɛ: Nha me, na wɔato pono mu, na me mma wɔ me nkyɛn wɔ mpa so, na merentumi mensɔre mmɛma wo. Mese mo sɛ: Adamfoɔ nko mu deɛ a, anka ɔrensɔre mmɛma no; na n’aniɛden nti ɔbɛsɔre abɛma no dodoɔ a ɛhia no. Nso mese mo sɛ: Mommisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mobɛhunu; mommom, na wɔbɛhini mo. Na obiara a ɔbisa no, ɔnya; na deɛ ɔhwehwɛ no, ɔhunu; na deɛ ɔbɔ mu no, wɔbɛhini no. Na mo mu hwan na ɔyɛ agya, na ne ba bisa no [paanoo a, ɔbɛma no ɔboɔ? Anaasɛ nso ɔbisa no] apataa a, ɔde ɔwɔ bɛyɛ apataa ama no? Anaasɛ nso ɔbisa kosua a, ɔbɛma no nyanyankyerɛ? Na sɛ mo a moyɛ abɔnefoɔ nim sɛdeɛ mode nnepa ma mo mma a, mprɛ ahe ara na mo Agya a ɔwɔ soro no remfa Honhom Kronkron mma wɔn a wɔbisa no? Na ɔretu honhommɔne bi a ɔyɛ mum. Na ɛbaa sɛ honhommɔne no firii adie no, emum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no nwanwa. Na wɔn mu binom kaa sɛ: Ɔnam ahonhommɔne panin Beelsebul so na ɔtu ahonhommɔne. Na ebinom sɔɔ no hwɛe hwehwɛɛ ne nkyɛn nsɛnkyerɛnneɛ bi a ɛfiri soro. Nanso na ɔnim wɔn adwene nti, ɔsee wɔn sɛ: Ahennie biara a ɛne ne ho di mpaepaemu no dane amamfo, na efie ne fie a ɛdi mpaepaemu no nso bɔ. Na sɛ Satan nso ne ne ho di mpaepaemu a, ɛbɛyɛ dɛn na n’ahennie agyina? Sɛ mose: Menam Beelsebul so na metu ahonhommɔne. Na sɛ menam Beelsebul so na metu ahonhommɔne a, hwan so na mo mma nam tu wɔn? Enti wɔbɛyɛ mo atemmufoɔ. Na sɛ mede Nyankopɔn nsateaa metu ahonhommɔne a, ɛnneɛ na Nyankopɔn ahennie aba mo so. Sɛ ɔhoɔdenfoɔ amia rewɛn ne fie a, n’ahodeɛ wɔ hɔ komm. Na sɛ deɛ ɔsene no ahoɔden ba ne so na ɔdi ne so nkonim a, ɔgye n’akodeɛ a n’ani da soɔ no, na ɔkyɛ n’asadeɛ mu. Deɛ ɔnka me ho no, na ɔne me anya; na deɛ ɔne me mmoaboa ano no hwete mu. Sɛ honhom fi firi onipa mu a, ɔkɔkyinkyini akwaweɛ so, hwehwɛ ɔhome; na ɔnnya bi a, ɔse: Mɛsane makɔ me dan a mefiri mu mebaeɛ no mu. Na ɔba a, ɔbɛhunu sɛ wɔaprapra mu na wɔahyehyɛ mu. Afei ɔkɔ kɔfa ahonhom foforɔ nson a wɔyɛ bɔne sene ɔno ara ka ne ho, na wɔbɛhyɛne mu a, wɔtena hɔ; na onipa no akyire asetena yɛ bɔne sene kane deɛ no. Na ɛbaa sɛ ɔreka yeinom no, ɔbaa bi a ɔwɔ nkurɔfokuo no mu maa ne nne so ka kyerɛɛ no sɛ: Nhyira ne yafunu a ɛwoo woɔ ne nufoɔ a wonumiiɛ! Na ɔno deɛ, ɔkaa sɛ: Ampa ara nhyira ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wɔdi soɔ! Na nkurɔfoɔ akuakuo no boaboaa wɔn ano pitipiti no, ɔfirii aseɛ kaa sɛ: Nnɛ mma yi yɛ abusua bɔne; wɔhwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ, nanso wɔremma wɔn nsɛnkyerɛnneɛ biara, gye Yona nsɛnkyerɛnneɛ no. Na sɛdeɛ Yona yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ maa Ninewefoɔ no, saa ara nso na Onipa Ba no bɛyɛ ama nnɛ mma yi. Anafoɔ hemmaa no ne nnɛ mma yi mu mmarima bɛsɔre atemmuo no mu, na wabu wɔn fɔ; ɛfiri sɛ ɔfiri asase ano nohoa bɛtiee Salomo nyansa. Na hwɛ, deɛ ɔsene Salomo wɔ ha. Ninewe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmuo no mu, na wɔabu wɔn fɔ; ɛfiri sɛ Yona asɛnka no nti, wɔsakyeraa wɔn adwene. Na hwɛ, deɛ ɔsene Yona wɔ ha yi. Obi nsɔ kanea mfa nhyɛ kokoam anaa kodoɔ ase, na ɔde si kaneadua so, na wɔn a wɔba mu no ahunu ne hran. Wo nipadua kanea ne w’ani. Enti sɛ w’ani yɛ a, wo nipadua nyinaa nso bɛyɛ hann; na sɛ ɛnyɛ a, wo nipadua nso bɛyɛ kusuu. Enti hwɛ yie, na hann a ɛwɔ wo mu no annane sum. Enti sɛ wo nipadua nyinaa yɛ hann na baabiara nni sum a, ne nyinaa bɛyɛ hann, sɛdeɛ kanea de ne hyerɛn ma wo hann no. Na ɔrekasa no, Farisini bi srɛɛ no sɛ ɔne no nkɔdidi; na ɔkɔɔ mu kɔtenaa ase. Na Farisini no hunuu sɛ wanhohoro ne nsa ansa na ɔdidiiɛ no, ɛyɛɛ no nwanwa. Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Afei mo Farisifoɔ deɛ, mohohoro kuruwa ne ayowa ho; na mo mu deɛ, amim ne nnebɔne ahyɛ mu ma. Nkwaseafoɔ! Ɛnyɛ deɛ ɔyɛɛ akyire no na ɔyɛɛ emu nso? Na hwɛ, deɛ ɛwɔ mu no, momfa bi nyɛ adɔeɛ; ɛno na ne nyinaa ho bɛfiri ama mo. Na mo Farisifoɔ, monnue sɛ momma ɛme ne nunum ne fan nyinaa so ntotosoɔ du du, na mogya atemmuo ne Nyankopɔn dɔ hɔ. Yei na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, nanso ɛnsɛ sɛ mogya deɛ ɛka ho no hɔ. Mo Farisifoɔ, monnue, sɛ mopɛ mpanimfoɔ tenaberɛ wɔ hyia adan mu ne edwa mu nkyea. Monnue sɛ mote sɛ nnamena a ɛnna adie, na nnipa a wɔnam soɔ no nhunu. Na mmarakyerɛfoɔ no mu baako buaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, woka saa a, na worebɔ yɛn nso adapaa. Na ɔkaa sɛ: Mo mmarakyerɛfoɔ nso, monnue sɛ mode nnesoa a ne soa yɛ ya soa nnipa, na mo ankasa deɛ, momfa mo nsateaa mu baako mpo nka nnesoa no. Monnue sɛ moto adiyifoɔ a mo agyanom na ekumm wɔn nna soɔ. Sɛdeɛ modi mo agyanom nnwuma ho adanseɛ na mopene ne no, sɛ wɔn na wɔkumm wɔn, na mo nso na moto wɔn nna soɔ. Yei nti nso na Nyankopɔn nyansa no se: Mɛsoma adiyifoɔ ne asomafoɔ akɔ wɔn mu, na wɔakum na wɔataa wɔn mu binom, na wɔahwehwɛ adiyifoɔ nyinaa mogya a wɔhwie guiɛ firi wiase asehyɛ so wɔ nnɛ mma yi nsam, ɛfiri Habel mogya so de kɔsi Sakaria a ɔtɔɔ afɔrebukyia ne asɔredan ntam no mogya so. Aane, mese mo sɛ, wɔbɛhwehwɛ wɔ nnɛ mma yi nsam. Mo mmarakyerɛfoɔ, monnue sɛ moafa nimdeɛ safoa; mo ara moankɔ mu, na wɔn a wɔrekɔ mu no nso, mosii wɔn kwan. Na ɔfiri hɔ kɔeɛ no, Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no fitii aseɛ hyɛɛ no so pii, na wɔhyɛɛ no kasa wɔ nsɛm bebree ho, na wɔtɛɛ no hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya n’anom asɛm bi.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Berɛ no mu ara a nkurɔfokuo mpempem aboaboa wɔn ano na mpo wɔtiatia wɔn ho soɔ no, ɔfitii aseɛ ka kyerɛɛ n’asuafoɔ no kane sɛ: Monhwɛ mo ho yie Farisifoɔ mmɔka a ɛne nyaatwom no ho! Na biribiara nni hɔ a ɛso akata a wɔrenyi soɔ, anaa ahunta a wɔrenhunu. Enti biribiara a moaka no esum mu no, wɔbɛte no hann mu, na deɛ moaka no aso mu wɔ mpia mu no, wɔbɛpae mu aka wɔ adan atifi. Na me nnamfonom, mese mo sɛ: Monnsuro wɔn a wɔkum honam, na yei akyiri no, wɔnni biribi a wɔbɛtumi ayɛ bio. Na mɛkyerɛ mo deɛ monsuro no; monsuro deɛ ɔkum wie a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔde bɛkɔ akɔto amanehunu kurom; aane, mese mo sɛ: Oyi na monsuro no! Ɛnyɛ mpatuprɛ nnum na wɔtɔn gye mpɛsewa mmienu? Nso Nyankopɔn anim deɛ, ani mpa wɔn mu baako mpo so. Na mo tirinwi mpo wɔakan ne nyinaa. Enti monnsuro, mosene mpatuprɛ bebree. Nso mese mo sɛ: Obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, Onipa Ba no nso bɛbɔ ne din Nyankopɔn abɔfoɔ anim. Na deɛ ɔbɛpa me nnipa anim no, wɔbɛpa no Nyankopɔn abɔfoɔ anim. Na obiara a ɔbɛka asɛm bi atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no; na deɛ ɔbɛka abususɛm atia Honhom Kronkron no, wɔremfa nkyɛ no. Na sɛ wɔde mo kɔ hyia adan mu ne mpanimfoɔ ne atumfoɔ anim a, monnwennwene deɛ mode bɛyi mo ano anaasɛ deɛ mobɛka ho, ɛfiri sɛ dɔn no ara mu na Honhom Kronkron bɛkyerɛ mo deɛ ɛsɛ sɛ moka. Na onipa bi a ɔfiri nkurɔfokuo no mu see no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, kasa kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ awunnyadeɛ. Na ɔbisaa no sɛ: Onipa, hwan na ɔde me sii mo so sɛnnifoɔ anaa ɔdekyɛfoɔ? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ na monhwɛ mo ho yie pɛpɛɛ ho! Na ɛnyɛ onipa adeɛ a wanya na aboro soɔ no mu na ne nkwa wɔ. Na ɔbuu wɔn bɛ sɛ: Onipa bi a ɔyɛ ɔdefoɔ asase soo aba pii. Na ɔsusuu ne tirim sɛ: Menyɛ dɛn? Ɛfiri sɛ, menni deɛ mede me nnɔbaeɛ bɛsie. Na ɔse: Deɛ meyɛ nie, mɛdwiri m’asan, na masi akɛseɛ; na ɛhɔ na mede me nnɔbaeɛ nyinaa ne me nnoɔma bɛsie, na maka makyerɛ me kra sɛ: Ɔkra, wowɔ nnoɔma pa pii a wɔde asie ama mfirinhyia pii. Home, didi, nom, na wo bo ntɔ wo yam! Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkwasea, anadwo yi wɔbɛgye wo kra afiri wo nsam; na nnoɔma a wɔasiesie no bɛyɛ hwan dea? Saa ara na deɛ ɔhyehyɛ agyapadeɛ ma ne ho, na ɔnyɛ ɔdefoɔ wɔ Nyankopɔn fam no teɛ. Na ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Yei nti mese mo sɛ: Monnwennwene mo kra ho sɛ ɛdeɛn na mobɛdie anaa mo nipadua ho sɛ ɛdeɛn na mobɛfira. Ɔkra sene aduane, na nipadua sene ntoma. Monhwɛ anene sɛ wɔnguo na wɔntwa, na wɔnni adekoradan anaa ɔsan; nanso Onyankopɔn yɛne wɔn. Sene bɛn na monsene nnomaa! Na mo mu hwan na ɔbɛtumi adwendwene de basafa baako ato ne tentene soɔ? Na sɛ montumi nyɛ ade ketewa a ɛte sɛɛ mpo a, adɛn na modwendwene deɛ aka ho? Monhwɛ sukooko sɛdeɛ ɛnyini; ɛnyɛ adwuma, nso ɛnto asaawa; nanso mese mo sɛ, Salomo animuonyam nyinaa mu mpo n’ahosiesie anto yeinom mu baako. Na sɛ Onyankopɔn ma wira mu ahahan a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu fononoo mu no ntoma saa a, mprɛ ahe na ɔremma mo, mo a mo gyidie sua? Na mo deɛ, monnhwehwɛ deɛ mobɛdie anaasɛ deɛ mobɛnom, na mommma mo ani nnyɛ mo totɔtotɔ! Na yeinom nyinaa akyi na wiase amanaman die; na mo Agya nim sɛ nnoɔma yi hia mo. Na mmom monhwehwɛ Nyankopɔn ahennie, na wɔde yeinom nyinaa bɛka mo ho. Kuo ketewa, monnsuro! Ɛfiri sɛ ɛyɛ mo Agya no fɛ sɛ ɔde ahennie no bɛma mo. Montɔn deɛ mowɔ mfa nyɛ adɔeɛ, monyɛ sika nkotokuo a ɛrenyɛ dada mfa, ɛne agyapadeɛ a ɛrensa da ɔsoro, deɛ owifoɔ mma ho, na nweweboaa nsɛe no. Na deɛ mo agyapadeɛ wɔ no, ɛhɔ na mo akoma nso wɔ. Mommɔ abɔsoɔ, na momma mo akanea nnɛre; na monyɛ sɛ nnipa a wɔretwɛn da ko a wɔn wura bɛfiri ayeforɔ ase aba, na sɛ ɔba na ɔbɛbɔ mu a, wɔahini no ntɛmntɛm. Nhyira ne nkoa no a owura no ba a, ɔbɛto wɔn sɛ wɔrewɛn. Nokorɛ mese mo sɛ, ɔbɛbɔ n’abɔsoɔ, na wama wɔatena adidiiɛ, na waba abɛsom wɔn. Na sɛ ɔba ɔdasuo a ɛtɔ so mmienu anaa mmiɛnsa mu na ɔbɛto wɔn saa a, nhyira ne wɔn! Na monhunu yei sɛ, sɛ efiewura nim dɔn ko a owifoɔ bɛba a, anka wamma wɔammɛtu ne dan ase anhyɛne mu. Enti mo nso, monsiesie mo ho nsie, ɛfiri sɛ dɔn a monsusuo mu na Onipa Ba no bɛba. Na Petro see no sɛ: Awurade, yɛn nko na wobu yɛn bɛ yi anaasɛ wobu kyerɛ wɔn nyinaa nso? Na Awurade se: Hwan ne efiepanin nokwafoɔ ne ɔbadwemma a ne wura de no bɛdi ne fiefoɔ so, sɛ ɔmma wɔn wɔn aduane berɛ a ɛsɛ mu? Nhyira ne akoa no a ne wura ba a, ɔbɛhu no sɛ ɔreyɛ saa. Nokorɛ mese mo sɛ, ɔbɛma no adi deɛ ɔwɔ nyinaa so. Na sɛ akoa no se n’akomam sɛ: Me wura akyɛre ne ba, na ɔfiri aseɛ boro asomfoɔ ne mmaawa no, na ɔdidi na ɔnom boro a, akoa no wura bɛba da a ɔnhwɛ no kwan ne dɔn a ɔnnim mu, na wabɛtwa ne mu mmienu, na wama ɔno ne akyinnyegyefoɔ anya kyɛfa korɔ. Na akoa no a ɔnim deɛ ne wura pɛ na wansiesie ne ho na wanyɛ sɛdeɛ ɔpɛ no, wɔbɛhwe no mmaa pii. Na deɛ ɔnnim na ɔyɛ ahwedeɛ no, wɔbɛhwe no kakraa bi. Na obiara a wɔama no pii no, ne nkyɛn na wɔbɛhwehwɛ pii; na deɛ wɔde pii ahyɛ ne nsa no, ɔno na wɔbɛbisa no deɛ ɛboro soɔ. Mebaa sɛ merebɛma ogya asɔ asase soɔ, na sɛ asɔ dada a, ɛdeɛn na merehwehwɛ sene yei? Asubɔ bi wɔ hɔ a wɔde bɛbɔ me, na me ho yera me kɔsi sɛ wɔbɛwie bɔ! Mosusu sɛ mebaa sɛ merebɛma asomdwoeɛ asase so? Ɛnte saa, na mmom mpaepaemu. Na ɛfiri nnɛ, efie koro mu nnipa baanum bɛdi mpaepaemu, na baasa ne baanu anya, na baanu ne baasa anya. Wɔbɛdi mpaepaemu na agya ne ne ba anya, na ɔba ne agya anya; na ɛna ne ne babaa anya, na ɔbabaa ne ɛna anya, na aseɛ ne n’asebaa anya, na asebaa ne n’ase anya. Na ɔsee nkurɔfoɔ akuakuo no nso sɛ: Sɛ mohunu sɛ osuo amuna atɔeɛ fam a, ntɛm ara na mose: Osuo reba; na ɛba saa. Na mohunu sɛ anafoɔ mframa rebɔ a, mose: Ahuhuro reba; na ɛba mu. Nyaatwomfoɔ! Monim asase ne ɔsoro ani nnoɔma asekyerɛ, na adɛn na monhunu berɛ yi asekyerɛ? Na adɛn na mo ara nso mommu deɛ ɛtene ho atɛn? Na sɛ wo ne wo nkurobɔfoɔ rekɔ otumfoɔ anim a, wo ne no wɔ ɔkwan mu no, bɔ mmɔden gye wo ho firi ne nsam, na wantwe wo ankɔhyɛ ɔtemmufoɔ nsa, na ɔtemmufoɔ no amfa wo amma ofiasehwɛfoɔ, na ofiasehwɛfoɔ no amfa wo ankɔto afiase. Nokorɛ mese wo sɛ: Woremfiri hɔ ara da, gye sɛ woatua kaprɛ a ɛbɛka akyire no mpo ansa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Saa berɛ no ara na nnipa bi a wɔwɔ hɔ kaa Galileafoɔ a Pilato de wɔn mogya frafraa wɔn afɔdeɛ mu ho asɛm kyerɛɛ no. Na ɔbua see wɔn sɛ: Mosusu sɛ Galileafoɔ yi hunuu saa amaneɛ yi nti na wɔyɛ nnebɔneyɛfoɔ sene Galileafoɔ nyinaa? Mese mo sɛ: Ɛnte saa, na mmom sɛ moansakyera mo adwene a, mo nyinaa bɛyera saa ara. Anaasɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu hwee wɔn so na ɛkumm wɔn no, mosusu sɛ wɔyɛ nnebɔneyɛfoɔ sene nnipa a wɔte Yerusalem nyinaa? Mese mo sɛ: Ɛnte saa, na mmom sɛ moansakyera mo adwene a, mo nyinaa bɛyera saa ara. Na ɔbuu wɔn bɛ yi sɛ: Obi wɔ borɔdɔma a wadua wɔ ne bobe turom; na ɔba bɛhwehwɛɛ so aba, na wannya bi. Na ɔka kyerɛɛ turomhwɛfoɔ no sɛ: Hwɛ, mfirinhyia mmiɛnsa ni a maba mabɛhwehwɛ borɔdɔma yi so aba, na mannya bie. Twa twene! Adɛn nti na agye asase no akɛntɛne soɔ? Na ɔbua see no sɛ: Owura, ma no nsi hɔ afe yi nso nkɔsi sɛ mɛfunifuni ho na magu aseɛ sumina. Na ebia ɛbɛso; na sɛ anso ansa a, woatwa atwene. Na ɔkyerɛkyerɛɛ hyiadan bi mu homeda. Na hwɛ, na ɔbaa bi wɔ hɔ a ɔwɔ ahoɔmmerɛ honhom mfirinhyia dunwɔtwe, na wapono a ɔntumi ntene ne mu koraa mpo. Na Yesu hunuu no no, ɔfrɛɛ no, na ɔsee no sɛ: Ɔbaa wɔasane wo afiri w’ahoɔmmerɛ mu. Na ɔde ne nsa guu ne so, na amonom hɔ ara ɔtenee, na ɔyii Onyankopɔn ayɛ. Na hyiadan no mu panin a ɛyɛɛ no ahi sɛ Yesu saa yadeɛ homeda no bua see nkurɔfokuo no sɛ: Nnansia wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ nnipa yɛ adwuma; emu na mommra na wɔnsa mo yadeɛ, na ɛnyɛ homeda. Na Awurade buaa no sɛ: Nyaatwomfoɔ! Mo mu biara nsane ne nantwie anaa n’afunumu mfiri n’adididaka ho mma no nkɔnom nsuo homeda? Na hwɛ, ɔbaa yi a ɔyɛ Abraham babaa a Satan akyekyere no mfirinhyia dunwɔtwe yi, ɛnsɛ sɛ wɔsane no firi kyekyerɛ yi mu homeda? Na ɔkaa saa no, n’atamfoɔ no nyinaa ani wuiɛ, na nkurɔfokuo no nyinaa ani gyee animuonyam adeɛ a ɔyɛeɛ no nyinaa nti. Na ɔkaa sɛ: Adeɛ bɛn na Nyankopɔn ahennie sɛ no anaasɛ ɛdeɛn ho na mede bɛtoɔ? Ɛte sɛ sinapi fua a onipa fa kɔduaa wɔ ne turom; na ɛnyinii, na ɛyɛɛ dua, na ewiem nnomaa bɛsisii ne mman so. Na ɔkaa bio sɛ: Ɛdeɛn ho na mede Nyankopɔn ahennie bɛtoɔ? Ɛte sɛ mmɔka a ɔbaa bi fa kɔfetee no esiam nkorokuma mmiɛnsa mu de kɔsii sɛ ne nyinaa kaeɛ. Na ɔnenam nkuro mu ne nkuraa ase rekyerɛkyerɛ, na na ɔnam so rekɔ Yerusalem. Na obi bisaa no sɛ: Awurade, wɔn a wɔbɛgye wɔn yɛ kakraa bi anaa? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mompere nhyɛne ɛpono teateaa no mu! Na mese mo sɛ: Nnipa pii bɛhwehwɛ mu ahyɛne, na wɔrentumi. Ɛfiri berɛ a efiewura no bɛsɔre ato pono mu no ara na mobɛfiri aseɛ agyina akyire, na moabɔ ɛpono no mu sɛ: Owura, hini yɛn! Na ɔbɛbua mo sɛ: Mo deɛ, mennim deɛ mofire. Ɛnna mobɛfiri aseɛ aka sɛ: Yɛadidi na yɛanom w’anim, na woakyerɛkyerɛ wɔ yɛn mmɔntene so pɛn. Na ɔbɛka sɛ: Mo deɛ, mennim deɛ mofire. Momfiri me so, mo a moyɛ deɛ ɛntene nyinaa! Ɛhɔ na mobɛsu atwɛre mo se sɛ mohunu Abraham, Isak ne Yakob ne adiyifoɔ no nyinaa Nyankopɔn ahennie mu, na mo deɛ, wɔapam mo afiri mu. Na wɔbɛfiri apueeɛ, atɔeɛ, atifi ne anafoɔ aba abɛtena adidiiɛ Nyankopɔn ahennie mu. Na hwɛ, akyikafoɔ bi wɔ hɔ a wɔbɛdi kan, na adikanfoɔ bi wɔ hɔ a wɔbɛka akyire. Dɔn no ara mu na Farisifoɔ bi ba bɛsee no sɛ: Firi ha kɔ! Na Herode repɛ wo aku wo. Na ɔsee wɔn sɛ: Monkɔka nkyerɛ sakraman no sɛ: Hwɛ, metu ahonhommɔne, na mesa yadeɛ nnɛ ne ɔkyena, ne n’adekyeeɛ na mawie. Nanso ɛsɛ sɛ menante nnɛ ne ɔkyena ne n’adekyeeɛ; na ɛnni ho kwan sɛ odiyifoɔ bi bɛtɔ baabi, gye Yerusalem. O Yerusalem, Yerusalem a wokum adiyifoɔ na wosii wɔn a wɔsomaa wɔn wo nkyɛn no aboɔ! Mprɛ ahe nie a mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano sɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban aseɛ, nanso moampɛ. Hwɛ, wɔbɛgya mo fie fituo ama mo. Na mese mo sɛ: Morenhu me, gye da a ɛbɛba sɛ mobɛka sɛ: Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛbaa sɛ homeda bi, ɔkɔɔ Farisifoɔ panin bi fie no, na wɔretɛ no. Na hwɛ, na onipa bi wɔ n’anim a ɔyare sasaborɔ. Na Yesu see mmarakyerɛfoɔ ne Farisifoɔ no sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔsa yadeɛ homeda anaasɛ wɔnsa? Na wɔyɛɛ komm. Na ɔfaa no saa no yadeɛ, na ɔmaa no kɔe. Na ɔbisaa wɔn sɛ: Mo mu hwan afunumu anaa nantwie na ɔkɔtɔ abura mu a, ɔrenkɔtwe no ntɛmntɛm homeda? Na wɔantumi ammua no yeinom ho bi bio. Na ɔde n’ani karii wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn adidie no sɛdeɛ wɔpa mu yi mpanimfoɔ tenaberɛ no, ɔbuu wɔn bɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ obi to nsa frɛ wo ayeforɔ ase a, nkɔtena mpanimfoɔ tenaberɛ! Ebia wɔato nsa afrɛ deɛ n’anim yɛ nyam sene woɔ. Na deɛ ɔtoo nsa frɛɛ wo ne no no ba a, ɔbɛka akyerɛ wo sɛ: Ma oyi kwan! Na ɛno na wode aniwuo bɛfiri aseɛ akɔfa akyire tenaberɛ. Na sɛ wɔto nsa frɛ wo a, kɔ na kɔtena akyire tenaberɛ! Na deɛ ɔtoo nsa frɛɛ woɔ no ba a, waka akyerɛ wo sɛ: Damfo, twi kɔ soro nohoa! Ɛno na wobɛnya anidie wɔn a wɔne wo te adidiiɛ no anim. Na obiara a ɔma ne ho soɔ no, wɔbɛbrɛ no ase; na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no, wɔbɛma no so. Na ɔsee deɛ ɔtoo nsa frɛɛ no no nso sɛ: Sɛ woto pono awia anaa anwummerɛ a, mfrɛ wo nnamfo anaa wo nuanom anaa w’abusuafoɔ anaa afipamfoɔ adefoɔ! Na wɔn nso ammɛto nsa amfrɛ wo bi, na woannya so akatua. Na woto pono a, frɛ ahiafoɔ, mmubuafoɔ, mpakye ne anifirafoɔ, na woanya nhyira; ɛfiri sɛ wɔnni deɛ wɔde bɛtua wo so ka. Na ateneneefoɔ sɔreɛ mu na wɔbɛtua wo so ka. Na wɔn a wɔne no te adidiiɛ no mu baako tee saa no, ɔsee no sɛ: Nhyira ne deɛ ɔbɛdidi Nyankopɔn ahennie mu! Na Yesu see no sɛ: Onipa bi too pono kɛseɛ, na ɔtoo nsa frɛɛ nnipa pii. Na adidi berɛ duruiɛ no, ɔsomaa n’akoa sɛ ɔnkɔka nkyerɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no sɛ: Mommra, na wɔasiesie nnoɔma awie. Na wɔn nyinaa firi aseɛ kaa asɛnkorɔ yiyii wɔn ano. Deɛ ɔdi kan see no sɛ: Matɔ afuo, na ɛhia sɛ mekɔhwɛ; mesrɛ wo, yi me firi mu! Na ɔfoforɔ se: Matɔ anantwie mpamho nnum, na merekɔsɔ wɔn mahwɛ; mesrɛ wo, yi me firi mu! Na ɔfoforɔ se: Maware yere, enti merentumi memma. Na akoa no ba bɛkaa nsɛm no kyerɛɛ ne wura. Ɛnna efiewura no bo fuiɛ, na ɔka kyerɛɛ n’akoa no sɛ: Firi adi ntɛm, kɔ kuro no mmɔntene so ne mmantɛmo, na kɔfa ahiafoɔ, mmubuafoɔ, anifirafoɔ ne mpakye bra! Na akoa no se: Owura, mayɛ sɛdeɛ wohyɛeɛ no, nanso ɛfa da so wɔ hɔ. Na owura no ka kyerɛɛ akoa no sɛ: Firi adi kɔ akwan so ne ban ho, na kɔhyɛ wɔn na wɔmmra, na me fie ha nyɛ ma. Na mese mo sɛ: Nnipa a wɔato nsa afrɛ wɔn no mu biara renka m’aduane no nhwɛ. Na nkurɔfoɔ akuakuo pii ne no nam. Na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ obi ba me nkyɛn, na ɔntane n’agya ne ne na ne ne yere ne ne mma ne ne nuammarimanom ne ne nuammaanom ne ɔno ara ne ho nso a, ɔntumi nyɛ me suani. Na obiara a ɔnsoa n’asɛnnua na ɔnni m’akyire no, ɔntumi nyɛ me suani. Na mo mu hwan na ɔpɛ sɛ ɔto abantenten, na ɔrentena ase mmu ho nkonta ansa, sɛ ɔwɔ deɛ ɔde bɛtumi awie? Ebia wafiri aseɛ no, wantumi anwie a, wɔn a wɔhunu nyinaa bɛfiri aseɛ agoro ne ho sɛ: Onipa yi firii aseɛ toe, na wantumi anwie. Anaasɛ ɔhene bɛn na ɔne ɔhene bi rekɔko, na ɔntena ase nnwene ho kane, sɛ ɔbɛtumi de ɔpedu akɔhyia deɛ ɔde ɔpeduonu reba ne soɔ no? Anyɛ saa a, ɔbaako no wɔ akyirikyiri no, ɔtu abɔfoɔ kɔsrɛ sɛ wɔmpata. Saa ara nso na mo mu biara a ɔnnya deɛ ɔwɔ nyinaa hɔ ntumi nyɛ me suani. Nkyene yɛ; nanso sɛ nkyene dɛ tu a, ɛdeɛn na sɛ wɔde to mu a ɛbɛma no ayɛ dɛ bio? Ɛmfata fam anaa sumina so, na wɔto gu. Deɛ ɔwɔ aso bɛtie no, ma no ntie!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ no nyinaa twi bɛnee no sɛ wɔrebɛtie no. Na Farisifoɔ ne Atwerɛfoɔ no nwiinwii kaa sɛ: Oyi gye nnebɔneyɛfoɔ, na ɔne wɔn didi. Enti ɔbuu wɔn bɛ yi sɛ: Mo mu nipa bɛn na sɛ ɔwɔ nnwanten ɔha na wɔn mu baako kɔyera a, ɔrennya aduɔkron nkron no ɛserɛ soɔ, na ɔnni deɛ wayera no akyi nkɔsi sɛ ɔbɛhu no? Na sɛ ɔhu no a, ɔde no bɔ ne kɔn ho, na n’ani gye. Na ɔba fie a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfoɔ boa ano ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo ne me ani nnye, ɛfiri sɛ mahunu me dwan a ɔyeraeɛ no. Mese mo sɛ: Saa ara na anigyeɛ bɛba soro, ɔdebɔneyɛni baako a ɔsakyera n’adwene ho, sene nnipa tenenee aduɔkron nkron a ɛnhia wɔn adwensakyera. Anaasɛ ɔbaa bɛn na ɔwɔ nnwetɛbena du, na emu baako yera a, ɔrensɔ kanea, na ɔmpra ɛdan no mu, na ɔnhwehwɛ yie nkɔsi sɛ ɔbɛhunu? Na ɔhunu a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfoɔ boa ano, na ɔka sɛ: Mo ne me ani nnye, ɛfiri sɛ mahunu me dwetɛbena a ɛyeraeɛ no. Saa ara na mese mo sɛ: Anigyeɛ ba Nyankopɔn abɔfoɔ anim ɔdebɔneyɛni baako a ɔsakyera n’adwene ho. Na ɔse: Onipa bi wɔ mmammarima baanu. Na wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Agya, fa ahodeɛ a ɛbɛyɛ me dea no ma me! Na ɔkyɛɛ n’asetenadeɛ mu maa wɔn. Na anni da bi na ɔba kumaa no boaboaa ne nyinaa ano, na ɔtuu kwan kɔɔ akyirikyiri asase bi soɔ; ɛhɔ na ɔkɔbɔɔ ahohwie sɛee n’ahodeɛ nyinaa. Na ɔhweree ne nyinaa wieeɛ no, ɛkɔm kɛseɛ bi baa asase no so, na ɛfirii aseɛ hiaa no. Na ɔde ne ho kɔdanee asase no so hɔni bi; na ɔmaa no kɔɔ ne mfuo mu kɔhwɛɛ mprako. Na ne kɔn dɔɔ sɛ ɔde asɛhono a mprako no die no bi hyɛ n’afuru ma; nanso obiara amma no. Na n’ani baa ne ho soɔ no, ɔkaa sɛ: Apaafoɔ ahe na m’agya nnie a wɔnnya aduane ma no mmoro soɔ; na me deɛ, ɛkɔm rekum me yi? Mɛsɔre makɔ m’agya nkyɛn, na mase no sɛ: Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne, na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio, na yɛ me sɛ w’apaafoɔ no mu baako! Na ɔsɔre baa n’agya nkyɛn. Na ɔda so wɔ akyirikyiri no, n’agya hunuu no, na ne yam hyehyee no, na ɔtutuu mmirika kɔyɛɛ no atuu, na ɔfee n’ano. Na ɔba no ka kyerɛɛ no sɛ: Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne, na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio. Ɛnna agya no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Momfa atadeɛ a ɛyɛ no mmra mmɛhyɛ no, na momfa pɛtea nhyɛ ne nsa ne mpaboa nhyɛ ne nan; na momfa nantwie ba a wadɔre sradeɛ no mmra mmɛkum no, na yɛnni, na yɛn ani nnye, ɛfiri sɛ, me ba yi wui, na wanyane bio; ɔyerae, na wɔahu no. Na wɔfirii aseɛ gyee wɔn ani. Na ne ba panin no wɔ afuom; na ɔreba na ɔbɛn fie no, ɔtee sankuo ne asa. Na ɔfrɛɛ asomfoɔ no mu baako bisaa no asɛm ko a asie. Na ɔsee no sɛ: Wo nua aba, na w’agya akum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no, ɛfiri sɛ ne nsa aka no nkwahosan mu. Na ne bo fui, na wampɛ sɛ ɔkɔ mu. Ɛnna n’agya firii adi bɛkorɔkorɔɔ no. Na ɔbua see agya no sɛ: Hwɛ mfirinhyia dodoɔ yi a mede masom woɔ, nso mentoo wo mmara da; nanso wommaa me abirekyie ba bi sɛ me ne me nnamfonom mfa nkɔgye yɛn ani da. Na wo ba yi a ɔne nnwamamfoɔ adi w’ahodeɛ no baeɛ ara pɛ deɛ, woakum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no ama no. Na ɔsee no sɛ: Ɔba, wowɔ me nkyɛn daa, na deɛ mewɔ nyinaa yɛ wo dea. Na ɛsɛ sɛ yɛn ani gyeɛ na yɛn bo tɔ yɛn yam, ɛfiri sɛ wo nua yi wui, na wanyane; ɔyerae, na wɔahu no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no nso sɛ: Ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a ɔwɔ efiepanin bi, na wɔkɔbɔɔ no kwaadu sɛ ɔsɛe n’adeɛ. Na ɔfrɛɛ no see no sɛ: Ɛdeɛn na mete no wo ho yi? Bɛbu wo paninnie ho nkonta, na worenni panin bio. Na efiepanin no kaa ne tirim sɛ: Menyɛ dɛn? Ɛfiri sɛ me wura rebɛgye me paninnie afiri me nsam. Menni ahoɔden a mede mɛtutuo, na ahwa nso yɛ me aniwuo. Aane, mahunu deɛ mɛyɛ, na wɔtu me firi me paninnie so a, wɔagye me akɔ wɔn afie. Na ɔfrɛɛ ne wura adefirifoɔ nyinaa mmaako mmaako baa ne nkyɛn see deɛ ɔdi kan no sɛ: Wode me wura ɛka ahe? Na ɔse: Ngohina ɔha. Na ɔsee no sɛ: Gye wo nwoma, na tena ase ntɛm twerɛ aduonum! Ɛnna ɔsee ɔfoforɔ sɛ: Na wo nso, ɛka ahe na wodeɛ? Na ɔse: Mede ayuo nkotokuo ɔha. Na ɔsee no sɛ: Fa wo nwoma na twerɛ aduɔwɔtwe! Na owura no kamfoo efiepanin oniteɛfoɔ no sɛ wadi no nyansam; yei mpo kyerɛ sɛ, wiase yi mma wɔ nyansa sene hann mma wɔn mfɛfoɔ mu. Na me nso mese mo sɛ, momfa ahonyadeɛ a ɛntene no bi so nya nnamfoɔ, na sɛ ɛhia mo a, wɔagye mo akɔ daa afie no mu. Deɛ ɔdi ade ketewa mu nokorɛ no di pii mu nokorɛ; na deɛ ɔntene adeɛ ketewa mu no, na ɔntene bebree mu nso. Na enti sɛ moanni ahonyadeɛ a ɛntene no mu nokorɛ a, hwan na ɔde ahodeɛ pa no bɛhyɛ mo nsa? Na sɛ moanni obi adeɛ mu nokorɛ a, hwan na ɔde mo deɛ bɛma mo? Akoa biara ntumi nsom awuranom baanu. Na ɔbɛtane ɔbaako, na wadɔ ɔbaako no, anaasɛ ɔbɛbata ɔbaako ho, na wabu ɔbaako no animtia. Montumi nsom Onyankopɔn ne ahonyadeɛ. Na Farisifoɔ no a wɔyɛ sikapɛfoɔ tee yeinom nyinaa; na wɔseree no. Na ɔsee wɔn sɛ: Moyɛ wɔn a wɔbu wɔn ho bem nnipa anim, nanso Onyankopɔn deɛ, ɔnim mo akoma mu. Na deɛ ɛyɛ kɛseɛ nnipa mu no yɛ akyiwadeɛ Nyankopɔn anim. Mmara ne adiyifoɔ no bɛpem Yohane so; na ɛfiri ɛno soɔ no, wɔka Nyankopɔn ahennie ho asɛmpa, na obiara nam anibereɛ so kɔ mu. Na ɛyɛ mmerɛ sɛ ɔsoro ne asase bɛtwam sene sɛ mmara no ho nsensaneeɛ ketewa baako bɛtɔ. Obiara a ɔgyae ne yere na ɔware ɔfoforɔ no sɛe awadeɛ; na obiara a ɔware deɛ ne kunu agyae no no sɛe awadeɛ. Na ɔdefoɔ bi tenaa ase a na ɔhyɛ atadeɛ pa a ne boɔ yɛ den, na ɔde asetena fɛfɛ gyee n’ani daa. Na ohiani bi a watutu akuro nso tenaa ase a wɔfrɛ no Lasaro a wɔde no akɔto n’aboboano. Na ne kɔn dɔɔ sɛ ɔdi mporoporowa a ɛfiri ɔdefoɔ no pono soɔ agu fam no meeɛ; nanso akraman ba bɛtaferee n’akuro mu. Na ɛbaa sɛ ohiani no wui, na abɔfoɔ bɛsoaa no kɔɔ Abraham kokom. Na ɔdefoɔ no nso wui, na wɔsiee no. Na ɔmaa n’ani soɔ wɔ Asamando no, na ɔwɔ aninyanneɛ mu, na ɔhunuu Abraham akyirikyiri ne Lasaro sɛ ɔtwere ne kokom. Na ɔteaa mu sɛ: Agya Abraham, hu me mmɔbɔ, na soma Lasaro ma no mfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsuo mu, na ɔmfa mmɛdwodwo me tɛkyerɛma; na merehunu amane ogyaframa yi mu. Na Abraham se: Ɔba, kae sɛ wote aseɛ no, wonyaa ahotɔ, na Lasaro nso deɛ, ɔhunuu amane; afei na ne werɛ akyekyerɛ, na wo nso, worehunu amaneɛ. Na yei nyinaa nna nkyɛn, eku kɛseɛ da yɛne mo ntam a, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri ha yi ba mo nkyɛn ntumi mma, na wɔn nso a wɔwɔ nohoa ntumi ntra mma yɛn nkyɛn. Na ɔse: Ɛnneɛ, agya mesrɛ wo sɛ, soma no ma no nkɔ m’agya fie; na mewɔ nuammarimanom baanum, na ɔnkɔdi wɔn adanseɛ, na wɔn nso amma aninyanneɛ mu ha yi bi. Na Abraham kaa sɛ: Wɔwɔ Mose ne adiyifoɔ no; ma wɔntie wɔn! Na ɔse: Dabi, agya Abraham, na sɛ obi firi awufoɔ mu kɔ wɔn nkyɛn a, ɛnna wɔbɛsakyera wɔn adwene. Na ɔsee no sɛ: Sɛ wɔantie Mose ne adiyifoɔ no a, obi firi awufoɔ mu sɔre mpo a, wɔrennye no nni.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Ɛdane sɛ deɛn ara a, suntiduatoɔ bɛba deɛ, nanso deɛ ɛnam ne so bɛba no nnue! Anka ɛyɛ ma no sɛ wɔde ayuyammoɔ kyekyere ne kɔn mu kɔto no twene ɛpo mu sene sɛ ɔbɛto nketewa yi mu baako suntidua. Monhwɛ mo ho yie! Na sɛ wo nua fom a, ka n’anim; na sɛ ɔsakyera n’adwene a, fa kyɛ no! Na sɛ ɔfom wo mprɛnson da koro, na ɔsane ba wo nkyɛn mprɛnson ka sɛ: Masakyera m’adwene a, fa kyɛ no! Na asomafoɔ no see Awurade sɛ: To yɛn gyidie mu! Na Awurade se: Sɛ mowɔ gyidie sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ akyee yi sɛ: Wo nhini ntutu na kɔtim ɛpo mu! Na ɛbɛtie mo. Mo mu hwan na ɔwɔ akoa a ɔfuntum asase anaasɛ ɔhwɛ mmoa, na ɔfiri afuom ba fie a, ɔbɛse no sɛ: Bɛsene ntɛm kɔtena adidiiɛ? Na ɔrense no sɛ: Siesie deɛ mɛdie, na bɔ abɔsoɔ bɛsom me, na mennidi na mennom ansa, na akyire yi no, wo nso woakɔdidi na woanom? Ɔbɛda akoa no ase sɛ wayɛ deɛ wɔahyɛ no no? Saa ara na mo nso sɛ moyɛ deɛ wɔahyɛ mo nyinaa a, monka sɛ: Yɛyɛ nkoa a mfasoɔ nni yɛn so; yɛayɛ deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Na ɛbaa sɛ ɔrekɔ Yerusalem no, ɔfaa Samaria ne Galilea. Na ɔrekɔ akuraa bi aseɛ no, mmarima du bi a wɔyɛ akwatafoɔ hyiaa no a wɔgyinagyina akyirikyiri, na wɔmaa wɔn nne so sɛ: Owura Yesu, hu yɛn mmɔbɔ! Na ɔhunuu wɔn no, ɔsee wɔn sɛ: Monkɔ mfa mo ho nkɔkyerɛ asɔfoɔ. Na ɛbaa sɛ wɔrekorɔ no, wɔn ho fiiɛ. Na wɔn mu baako hunuu sɛ ne ho asan no no, ɔsanee n’akyi de nne kɛseɛ bɛyii Onyankopɔn ayɛ, na ɔde n’anim butuu fam wɔ ne nan ase daa no ase. Ɔno deɛ, na ɔyɛ Samariani. Na Yesu buaa sɛ: Ɛnyɛ du no na wɔn ho fiiɛ? Na baakron no deɛ, wɔwɔ he? Wɔanhunu wɔn mu biara a ɔsane de animuonyam brɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnanani yi nko? Na ɔsee no sɛ: Sɔre kɔ, wo gyidie agye wo. Na Farisifoɔ no bisaa no sɛ da bɛn na Nyankopɔn ahennie bɛba no, ɔbuaa wɔn sɛ: Nyankopɔn ahennie mma sɛ ani tua, nanso wɔrenka sɛ: Hwɛ ha anaa ɛhɔ! Na hwɛ, Nyankopɔn ahennie no, mo mu na ɛwɔ. Na ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ: Nna bi bɛba a mobɛpɛ sɛ mobɛhunu Onipa Ba no nna no mu baako, na morenhunu. Na wɔbɛse mo sɛ: Hwɛ ha! anaa: Hwɛ hɔ! a, monnkɔ, nso monnni wɔn akyi! Na sɛdeɛ anyinam a ɛpa te ɔsoro ase fa hyerɛn kɔ ɔsoro ase, fa baabi no, saa ara nso na Onipa Ba no bɛyɛ ne da no mu. Nanso ɛtwa sɛ ɔbɛhunu amane pii na nnɛ mma yi po no ansa. Na sɛdeɛ ɛyɛɛ Noa nna no mu no, saa ara nso na ɛbɛyɛ Onipa Ba no nna mu. Wɔdidii, wɔnomee, wɔwaree yerenom na wɔmaa awadeɛ de kɔsii da a Noa hyɛnee adaka no mu, na nsuyire no baeɛ, na ɛbɛsɛee wɔn nyinaa. Sɛ nso ɛyɛɛ Lot nna mu ne no, wɔdidii, na wɔnomee, wɔtɔe, wɔtɔnee, wɔduae, na wɔtotoo adan. Na da a Lot firii Sodom kɔeɛ no, ogya ne sɔfe firi soro tɔeɛ, na ɛbɛsɛee wɔn nyinaa. Saa ara na ɛbɛyɛ ɛda a Onipa Ba no bɛyi ne ho adie no. Da no ara, deɛ ɔwɔ ɛdan atifi na ne biribi wɔ ɛdan mu no, mma no nnsiane mmmɛfa; na deɛ ɔwɔ afuo mu no nso, mma no nnsane n’akyi. Monkae Lot yere no! Obiara a ɔbɛhwehwɛ sɛ ɔgye ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa, na obiara a ne kra bɛfiri ne nsa no ɔbɛgye no nkwa. Mese mo sɛ: Anadwo no, nnipa baanu bɛda mpa korɔ so; wɔbɛfa ɔbaako, na wɔagya ɔbaako. Mmaa baanu bɛbom ayam ayuo; wɔbɛfa ɔbaako, na wɔagya ɔbaako. [Mmarima baanu bɛtena afuom; wɔbɛfa ɔbaako, na wɔagya ɔbaako.] Na wɔbua see no sɛ: Ɛhe, Awurade? Na ɔsee wɔn sɛ: Deɛ efunu wɔ no, ɛhɔ na apɛtɛ bɛboaboa wɔn ano.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔbuu wɔn bɛ bi de kyerɛɛ sɛ ɛtwa sɛ nnipa bɔ mpaeɛ daa a wɔmmrɛ ho: Ɔtemmufoɔ bi tenaa kuro bi mu a ɔnsuro Onyankopɔn, nanso ɔmfɛre nnipa. Na okunafoɔ bi nso tenaa kuro no mu, na ɔbaa ne nkyɛn sɛ: Bu atɛn gye me me tamfo nsam! Na wampene maa no kyɛree kakra. Na akyire yi ɔkaa ne tirim sɛ: Mensuro Onyankopɔn na memfɛre nnipa deɛ, nanso okunafoɔ yi ha me nti, mɛbu atɛn mama no, na wamfa ne ba a ɔba ha daa no ammɛdwan me ho. Na Awurade se: Montie deɛ ɔtemmufoɔ a ɔntene yi ka! Na Onyankopɔn, sɛ ɔto ne bo ase kyɛre wɔn ho nso a, ɔremmu atɛn nnye wɔn a wayi wɔn a wɔsu frɛ no awia ne anadwo no anaa? Mese mo sɛ, ɔbɛbu atɛn agye wɔn ntɛm. Nanso Onipa Ba no ba a, anka ɔbɛhunu gyidie asase so? Na ɔbuu binom a wɔde wɔn ho too wɔn ho soɔ sɛ wɔtene na wɔmmu wɔn a aka no bɛ yi sɛ: Nnipa baanu kɔɔ asɔrefie mpaebɔ; ɔbaako yɛ Farisini, na ɔbaako yɛ ɔtogyeni. Farisini no gyinae, na ɔbɔɔ mpaeɛ ne tirim sɛ: Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛdeɛ nnipa a aka no teɛ: Amimfoɔ, nkontompofoɔ, ayerefafoɔ anaa ɔtogyeni yi mpo. Medi mmuada dapɛn mu mprenu, mede deɛ menya nyinaa so ntotosoɔ du du mema. Na ɔtogyeni no deɛ, ɔgyinaa akyirikyiri, na wampɛ sɛ ɔma n’ani so kyerɛ soro mpo, na mmom ɔbɔɔ ne koko so kaa sɛ: Onyankopɔn, hu me debɔneyɛni mmɔbɔ! Mese mo sɛ: Oyi de bem sane kɔɔ ne fie mmom sene ɔbaako no; na obiara a ɔma ne ho soɔ no, wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no, wɔbɛma no so. Na wɔde nkɔkoaa nso brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka wɔn; na asuafoɔ no hunuiɛ no, wɔkaa wɔn anim. Na Yesu frɛɛ mmɔfra no bae, see asuafoɔ no sɛ: Momma mmɔfra no mmra me nkyɛn, na monnsi wɔn kwan! Na yeinom sɛɛ na Nyankopɔn ahennie no wɔ wɔn. Nokorɛ mese mo sɛ, obiara a ɔrennye Nyankopɔn ahennie sɛ abɔfra no, ɔrenkɔ mu koraa. Na ɔpanin bi bisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ pa, ɛdeɛn na menyɛ na manya daa nkwa? Na Yesu see no sɛ: Adɛn na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye ɔbaako, ɔne Onyankopɔn. Wonim mmara nsɛm no: Nsɛe awadeɛ! Nni awu! Mmɔ korɔno! Nni adansekurumu! Di w’agya ne wo na ni! Na ɔkaa sɛ: Yeinom nyinaa, mefiri me mmɔfraase na medii soɔ. Na Yesu tee saa no, ɔsee no sɛ: Ɛda so ka wo adeɛ baako, kɔtɔn deɛ wowɔ nyinaa, na kyɛ ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ soro, na bra bɛdi m’akyi! Na ɔtee yei no, ɛyɛɛ no awerɛho sɛ; ɛfiri sɛ na ɔyɛ ɔdefoɔ kɛseɛ. Na Yesu hwɛɛ no kaa sɛ: Sɛ moahunu den a ɛyɛ ma asikafoɔ ne adefoɔ sɛ wɔbɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu! Na ɛyɛ mmerɛ ma yoma sɛ ɔbɛfa paneɛ aniwa mu sene sɛ ɔdefoɔ bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu. Na wɔn a wɔteeɛ no kaa sɛ: Ɛnneɛ hwan na wɔbɛtumi agye no nkwa? Na ɔkaa sɛ: Deɛ ɛntumi nyɛ hɔ nnipa fam no, Nyankopɔn fam deɛ, ɛbɛtumi ayɛ hɔ. Na Petro se: Hwɛ, yɛagya ade nyinaa hɔ abɛdi w’akyi. Na ɔsee wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ: Obi nni hɔ a wagya efie anaa yerɛ anaa anuanom anaa awofoɔ anaa mma hɔ Nyankopɔn ahennie nti, na ɔrennya no mmɔho pii ɛberɛ yi mu ne wiase a ɛreba no mu daa nkwa. Na ɔfaa dummienu no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, yɛrekɔ Yerusalem, na nnoɔma a adiyifoɔ no atwerɛ afa onipa ba no ho nyinaa bɛba mu. Na wɔbɛyi no ahyɛ wiase aman sofoɔ nsa, na wɔagoro ne ho, na wɔabɔ no adapaa, na wɔatete ntasuo agu ne so, na wɔaka no mpire, na wɔakum no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wasɔre bio. Na wɔn deɛ, wɔante yeinom biara ase, na asɛm yi ahunta wɔn, na wɔanhunu deɛ ɔkaeɛ no. Na ɛbaa sɛ ɔrebɛn Yeriko no, na onifirani bi te kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ. Na ɔtee sɛ nkurɔfokuo bi retwam no, ɔbisaa aseɛ. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ, Yesu Nasareni no na ɔretwam. Na ɔteaa mu sɛ: Yesu, Dawid ba, hu me mmɔbɔ! Na wɔn a wɔdi kan no kaa n’anim sɛ ɔmmua n’ano; nanso ɔkɔɔ so teateaa mu denden sɛ: Dawid ba, hu me mmɔbɔ! Na Yesu gyina hyɛɛ sɛ wɔmfa no mmrɛ no. Na ɔbɛneeɛ no, ɔbisaa no sɛ: Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ mema woɔ? Na ɔkaa sɛ: Awurade, ma menhunu adeɛ. Na Yesu see no sɛ: Hunu adeɛ! Wo gyidie agye wo. Na amonom hɔ ara, ɔhunuu adeɛ, na ɔdii n’akyi de animuonyam maa Onyankopɔn. Na ɔman no nyinaa hunuiɛ no, wɔde ayeyie maa Onyankopɔn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yesu kɔhyɛnee Yeriko sɛ ɔretwam. Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakeo a ɔyɛ togyeni panin na ɔyɛ ɔdefoɔ. Na ɔrehwehwɛ Yesu ahunu ne nipaban, nanso nkurɔfokuo no nti ɔntumi, ɛfiri sɛ ɔyɛ akwatia. Na ɔtutuu mmirika dii kan kɔforoo akyee dua bi sɛ ɔrekɔhwɛ no; ɛfiri sɛ ɛhɔ na ɔrebɛfa. Na Yesu duruu hɔ no, ɔmaa n’ani so hunuu no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sakeo, yɛ ntɛm si fam! Na wo fie na ɛsɛ sɛ metena nnɛ. Na ɔyɛɛ ntɛm sii fam, na ɔde anigyeɛ bɛgyee no. Na nkurɔfokuo no hunuiɛ no, wɔn nyinaa nwiinwii kaa sɛ: Ɔrekɔ akɔsoɛ ɔbarima a ɔyɛ debɔneyɛni. Na Sakeo gyina ka kyerɛɛ Awurade sɛ: Ao, Awurade, mede m’ahodeɛ fa mekyɛ ahiafoɔ, na sɛ menam nkontompo so magye obi biribi a, mebɔ ho mprɛnnan metua ka. Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Ampa ara, ɛnnɛ na nkwagyeɛ aba fie yi mu, ɛfiri sɛ ɔno nso yɛ Abraham ba. Na Onipa Ba no baa sɛ ɔrebɛhwehwɛ na wabɛgye deɛ ayera. Na wɔretie yeinom no, ɔtoaa so buu bɛ bi, ɛfiri sɛ na wabɛn Yerusalem, na nkurɔfokuo no susuu sɛ Nyankopɔn ahennie rebɛyi ne ho adi amonom hɔ ara. Enti Yesu kaa sɛ: Ɔdehyeɛ bi kɔɔ asase bi so akyirikyiri, sɛ ɔrekɔgye n’ahennie na wasane aba. Na ɔfrɛɛ ne nkoa mu du de mmɛnnaa du maa wɔn; na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyɛ ho adwuma nkɔsi sɛ mɛba. Na ne manfoɔ tane no, na wɔsomaa abɔfoɔ dii n’akyiri sɛ: Yɛmpɛ sɛ oyi di yɛn so hene. Na ɛbaa sɛ ɔnyaa ahennie no na ɔsane baeɛ no, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfrɛ ne nkoa a ɔde sika no maa wɔn no mmrɛ no, na ɔnhunu deɛ obiara adi dwa anya. Na deɛ ɔdi kan no ba bɛkaa sɛ: Owura, wo bɛnnaa no awo mmɛnnaa du aka ho. Na ɔsee no sɛ: Wiɛ, akoa pa, sɛ woadi ketewa mu nokorɛ nti, di nkuro du so tumi! Na deɛ ɔtɔ so mmienu no ba bɛkaa sɛ: Owura, wo bɛnnaa no awo mmɛnnaa nnum. Na ɔsee oyi nso sɛ: Wo nso di nkuro nnum so! Na ɔfoforɔ no ba bɛkaa sɛ: Owura, hwɛ, wo bɛnnaa a mede mehyɛɛ duku mu no nie. Na mesuroo wo, ɛfiri sɛ woyɛ onipa a woyɛ den, wofa deɛ womfa ntoo hɔ, na wotwa deɛ wonguiɛ. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Akoa bɔne, wo ara w’anom asɛm so na menam mɛbu wo atɛn. Wonim sɛ meyɛ onipa a meyɛ den a mefa deɛ memfa mentoo hɔ, na metwa deɛ menguiɛ, na adɛn nti na woamfa me sika no ankɔto sikakorabea, na meba a, mabɛgye m’adeɛ ne ɛho nsiho? Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔgyina nkyɛn no sɛ: Monnye ne nsam bɛnnaa no, na momfa nkɔma deɛ ɔwɔ mmɛnnaa du no. (Na wɔsee no sɛ: Owura, ɔwɔ mmɛnnaa du!) Na mese mo sɛ: Obiara a ɔwɔ no wɔbɛma no; na deɛ ɔnnie no, deɛ ɔwɔ mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam. Na m’atamfoɔ a wɔmpɛ sɛ medi wɔn so hene no deɛ, momfa wɔn mmra ha, na mommɛkum wɔn m’anim! Na ɔwiee yeinom ka no, ɔsene dii kan sɛ ɔrekɔ Yerusalem. Na ɛbaa sɛ ɔbɛnee Betfage ne Betania bepɔ a wɔfrɛ no Ngo Bepɔ ho no, ɔsomaa n’asuafoɔ no mu baanu sɛ: Monkɔ akuraa a ɛda mo anim yi ase, na mohyɛne hɔ a, mobɛhunu afunumu ba a wɔasa no homa a onipa biara ntenaa ne so da; monsane no mmra ha! Na sɛ obi bisa mo sɛ: Ɛdeɛn nti na moresane no a, monka sɛ: Ne ho hia Awurade. Na wɔn a wɔsomaa wɔn no kɔe, kɔhunuu sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no ara. Na wɔresane afunumu ba no no, ne wuranom bisaa wɔn sɛ: Adɛn na moresane afunumu ba no? Na wɔkaa sɛ: Ne ho hia Awurade. Na wɔde afunumu ba no brɛɛ Yesu; na wɔde wɔn ntoma guu no so, na wɔde Yesu tenaa so. Na ɔrekorɔ no, wɔde wɔn ntoma sesɛɛ kwan mu. Na ɔbɛnee deɛ wɔrebɛsiane Ngo Bepɔ no, asuafoɔ dɔm no nyinaa ani firii aseɛ gyee, na wɔde nne kɛseɛ yii Onyankopɔn ayɛ wɔ ahoɔdenneɛ a wɔahunu nyinaa nti sɛ: Nhyira ne ɔhene a ɔnam Awurade din mu reba no! Asomdwoeɛ wɔ soro, na animuonyam wɔ sorosoro nohoa! Na Farisifoɔ no mu bi a wɔwɔ nkurɔfokuo no mu ka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, ka w’asuafoɔ no anim! Na ɔbua see wɔn sɛ: Mese mo sɛ: Yeinom mua wɔn ano a, anka aboɔ mpo bɛteam. Na ɔbɛneeɛ no, ɔhwɛɛ kuro no suu wɔ so sɛ: Wo ara nso mpo, ɛnnɛ sɛ wo ankasa wonim deɛ ɛfa asomdwoeɛ ho a, anka ɛyɛ. Nanso afei, wɔde ahunta wo. Na nna bi bɛba wo so a w’atamfo bɛbɔ wo ho pie, na wɔatwa wo ho kɔntɔnkrɔn, na wɔaka wo ahyɛ mu baabiara, na wɔadwiri wo ne wo mma a wɔwɔ wo mu no agu fam, na wɔrennya wo mu boɔ ɔboɔ so, ɛfiri sɛ woanhunu berɛ a wɔdom bɛhwɛɛ woɔ no. Na Yesu kɔɔ asɔrefie no, ɔfirii aseɛ pamm wɔn a wɔtɔn adeɛ wɔ hɔ no see wɔn sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Me fie yɛ mpaebɔ fie; na mo deɛ, mode ayɛ adwotwafoɔ bɔn. Na daa ɔkyerɛkyerɛɛ asɔrefie hɔ; na na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne ɔman no mu atitire rehwehwɛ no aku no. Na wɔanhunu deɛ wɔbɛyɛ; ɛfiri sɛ ɔman no nyinaa de wɔn ho bataa ne ho tiee no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛbaa sɛ da koro bi a ɔrekyerɛkyerɛ ɔman no wɔ asɔrefie, na ɔreka asɛmpa no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no baa ne so, na wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: Ka tumi ko a wode yɛ nnoɔma yi kyerɛ yɛn, anaasɛ hwan na ɔmaa wo tumi yi? Na ɔbua see wɔn sɛ: Me nso mɛbisa mo asɛm baako na monka nkyerɛ me: Yohane asubɔ no, ɛfiri soro anaasɛ ɛfiri nnipa? Na wɔdwendwenee sesee wɔn ho sɛ: Sɛ yɛka sɛ ɛfiri soro a, ɔbɛka sɛ: Ɛnneɛ adɛn nti na moannye no annie? Na sɛ yɛka sɛ ɛfiri nnipa a, ɔman no nyinaa bɛsi yɛn aboɔ; ɛfiri sɛ wɔgye di ampa sɛ Yohane yɛ odiyifoɔ. Na wɔbuaa sɛ, wɔnnim deɛ ɛfire. Na Yesu nso see wɔn sɛ: Me nso menka tumi ko a mede meyɛ yeinom menkyerɛ mo. Na ɔfirii aseɛ buu ɔman no bɛ yi sɛ: Onipa bi yɛɛ bobe turo, na ɔde fɛmm akuafoɔ bi, na ɔgyaa hɔ kɔɔ baabi kɔkyɛree. Na berɛ no duruiɛ no, ɔsomaa akoa bi kɔɔ akuafoɔ no nkyɛn sɛ wɔmma no bobe turo no mu aba no bi; na akuafoɔ no hwee no maa no nam nsansa kɔe. Na ɔsane somaa akoa foforɔ; na ɔno nso wɔhwee no bɔɔ no adapaa maa no nam nsansa kɔe. Na ɔsomaa deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa; na ɔno nso, wɔpirapiraa no pamm no firii hɔ. Na bobe turo wura no kaa sɛ: Menyɛ dɛn? Mɛsoma me dɔba; ebia wɔbɛfɛre no. Na akuafoɔ no hunuu no no, wɔdwendwenee sesee wɔn ho sɛ: Ɔdedifoɔ no nie; momma yɛnkum no, na apɛgyadeɛ no nyɛ yɛn dea. Na wɔtwee no firii bobe turom hɔ kɔkumm no. Enti ɛdeɛn na bobe turo wura no bɛyɛ wɔn? Ɔbɛba abɛsɛe akuafoɔ yi, na ɔde bobe turo no ama afoforɔ. Na wɔteeɛ no, wɔkaa sɛ: Onyame mpa ngu! Na ɔhwɛɛ wɔn anim kaa sɛ: Na ɛdeɛn ne yei a wɔatwerɛ sɛ: Ɔboɔ a abantofoɔ apoɔ no, ɛno na abɛyɛ tweaso tiboɔ. Obiara a ɔbɛhwe ɔboɔ no soɔ no, ɔbɛbubu; na deɛ ɛbɛhwe ne soɔ no, ɛbɛpɛkyɛ no. Na Atwerɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no hwehwɛɛ sɛ wɔde wɔn nsa kɔsɔ ne mu kye no dɔn no ara mu, nanso wɔsuroo ɔman no; ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ ɛbɛ a ɔbuiɛ no, ɔne wɔn. Na wɔtɛɛ no, na wɔsomaa nsrafoɔ bi a wɔpatu yɛɛ wɔn anim sɛdeɛ wɔyɛ nnipa tenenee, sɛ wɔnkɔpɛ no asɛm, na wɔayi no ahyɛ amrado mmara ne ne tumi nsa. Na wɔbisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ wokasa na wokyerɛkyerɛ yie nanso womfɛre obiara anim, na wokyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwan nokorɛ mu. Yɛwɔ ho kwan sɛ yɛyi toɔ ma Kaesare anaasɛ yɛnnyi? Na ɔhunuu wɔn adwemmɔne no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa denare mmɛkyerɛ me! Hwan mfonini ne atwerɛ na ɛwɔ soɔ yi? Na wɔkaa sɛ: Kaesare deɛ. Na ɔsee wɔn sɛ: Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma Kaesare ne Nyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn. Na wɔantumi annya n’asɛm bi ansɔ mu ɔman no anim, na ne mmuaeɛ no yɛɛ wɔn nwanwa, na wɔmuaa wɔn ano. Na Sadukifoɔ a wɔka sɛ owusɔreɛ nni hɔ no mu bi ba bɛbisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, Mose twerɛ maa yɛn sɛ: Sɛ obi nua wu, na ɔwɔ yere, na wanwo mma a, ne nua no mfa ne yere no nware, na ɔnwo mma mma deɛ wawuo no. Nso anuanom baason tenaa ase. Na deɛ ɔdi kan waree yere, wannya ba, na ɔwuiɛ. Na deɛ ɔtɔ so mmienu ne deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa waree no; na saa ara na wɔn baason nyinaa waree no, na wɔannya mma, na wɔwuwui. Na akyire yi no, ɔbaa no nso wui. Na afei owusɔreɛ mu no, ɔbɛyɛ wɔn mu hwan yere? Ɛfiri sɛ wɔn baason no aware no. Na Yesu bua see wɔn sɛ: Wiase yi mma ware, na wɔde wɔn ma awadeɛ; na wɔn a wɔbɛbu wɔn sɛ ɛsɛ wɔn sɛ wɔn nsa bɛka wiase foforɔ no ne ɔsɔreɛ a wɔbɛsɔre afiri awufoɔ mu no deɛ, wɔnware, nso wɔmfa wɔn mma awadeɛ. Nso wɔntumi nwu bio; na wɔte sɛ abɔfoɔ, na wɔyɛ Nyankopɔn mma, sɛ wɔyɛ owunyane mma ntira. Na ɛfa awufoɔ nyaneeɛ ho deɛ, Mose nso kyerɛɛ wɔ wura no ho asɛm no mu, sɛ ɔfrɛ Awurade sɛ: Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn. Na ɔnyɛ awufoɔ Nyankopɔn, na mmom ateasefoɔ deɛ; ɛfiri sɛ wɔn nyinaa te ase ma no. Na Atwerɛfoɔ no mu bi buaa sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, woaka no yie. Na yei akyiri no, wɔantumi ammisa no asɛm bi bio. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na wɔka sɛ: Kristo no yɛ Dawid ba? Na Dawid no ara ka no Nnwom nwoma no mu sɛ: Awurade see me wura sɛ: Tena me nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ. Sɛ Dawid frɛ no owura a, na ɛyɛɛ dɛn na ɔyɛ ne ba? Na ɔman no nyinaa retie no, na ɔsee asuafoɔ no sɛ: Monhwɛ mo ho yie Atwerɛfoɔ a wɔpɛ ntadeɛ atentene mu nanteɛ, na wɔpɛ edwa mu nkyea ne mpanimfoɔ nkonnwa hyia adan mu, ne mpanimfoɔ tenabea adidie ase no ho; wɔn na wɔbɔ akunafoɔ apoo, nanso wɔboapa bɔ mpaeɛ atentene kyerɛ. Yeinom na wɔbɛnya afobuo a ɛso.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔmaa n’ani so hunuu adefoɔ a wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ regu ɛtoɔ adaka no mu. Na ɔhunuu ɔbaa kunafoɔ hiani bi nso a ɔde mpɛsewa mmienu bɛguu mu. Na ɔkaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, okunafoɔ hiani yi de bebree abɛgu mu sene wɔn nyinaa. Na yeinom nyinaa firi deɛ wɔwɔ na aboro wɔn soɔ no mu na wɔde bi abɛgu mu, nanso oyi deɛ, ɔfiri ne hia mu de n’asetenadeɛ a ɔwɔ nyinaa na abɛgu mu. Na ebinom reka asɔrefie no ho asɛm sɛdeɛ wɔde abo fɛfɛ ne akyɛdeɛ hodoɔ ahyehyɛ no no, ɔkaa sɛ: Nnoɔma a mohunu yi deɛ, nna bi bɛba a wɔrennya ɔboɔ wɔ ɔboɔ so wɔ emu a wɔrennwiri ngu fam. Na wɔbisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, da bɛn na yeinom bɛba, na yeinom rebɛba a, ɛho nsɛnkyerɛnneɛ ne sɛn? Na ɔse: Monhwɛ na wɔannaadaa mo, na nnipa bebree bɛba me din mu abɛka sɛ: Mene no, na, Ɛberɛ no abɛn. Na enti monnni wɔn akyi! Na sɛ mote ɔko ne basabasayɛ a, mommma no mmɔ mo hu; na ɛtwa sɛ yeinom ba kane; nanso awieeɛ no deɛ, na ɛnnurui. Ɛnna ɔsee wɔn sɛ: Ɔman bɛsɔre ɔman so ne ahennie ahennie so. Na asasewosoɔ kɛseɛ bɛba mmeammea, na ɛkɔm ne yaredɔm bɛba; na ahudeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ bɛfiri soro aba. Na deɛ ɛdi yeinom nyinaa kan ne sɛ wɔde wɔn nsa bɛsɔ mo mu, na wɔataa mo, na wɔayi mo akɔ hyia adan mu ne afiase, na wɔde mo akɔ ahemfo ne amradofoɔ anim me din nti, na mode adi me ho adanseɛ. Enti momfa nto mo tirim na moannwene deɛ mode bɛyi mo ho ano ansa. Na me na mɛma mo ano ne nyansa a mo atamfoɔ nyinaa rentumi ntua ano na wɔrennyina anim. Na awofoɔ ne anuanom ne abusuafoɔ ne nnamfo nso bɛyi mo ama, na wɔama wɔakum mo mu binom. Na me din nti nnipa nyinaa bɛtane mo. Na mo tirinwi mu biara mpo renyera. Mo boasetɔ mu na mobɛnya mo kra. Na sɛ mohunu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnneɛ monhunu sɛ ne sɛeɛ abɛn. Ɛnna momma wɔn a wɔwɔ Yudea nnwane nkɔ mmepɔ soɔ, na wɔn a wɔwɔ Yerusalem mfiri mu nkɔ, na wɔn a wɔwɔ nkuraa no, mommma wɔnnkɔ mu, ɛfiri sɛ yei ne aweretɔ nna, na nnoɔma a wɔatwerɛ no nyinaa aba mu. Na wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔma nufoɔ nna no mu no nnue! Na ahohia kɛseɛ bɛba asase no so, na abufuo bɛda ɔman yi so. Na wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano, na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa so. Na wiase amanaman bɛtiatia Yerusalem so de akɔsi sɛ amanaman no berɛ bɛwie duro. Na nsɛnkyerɛnneɛ bɛba owia ne ɔsrane ne nsoromma mu, na amanaman ho bɛyera wɔn asase so, ɛpo ne asorɔkyeɛ a ɛrehuro no nti; na ehu ne nnoɔma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no bɛma nnipa atotɔ bera; ɛfiri sɛ wɔbɛwoso ɔsoro ahoɔden. Ɛnna wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne animuonyam kɛseɛ reba mununkum mu. Na nnoɔma yi refiri aseɛ aba a, monhwɛ soro na momma mo tiri so, ɛfiri sɛ mo gyeɛ rebɛn. Na ɔbuu wɔn bɛ sɛ: Monhwɛ borɔdɔma ne nnua nyinaa! Sɛ ɛnya fefɛ na mohwɛ a, mo ankasa mohunu sɛ ahuhuro berɛ anya abɛn. Saa ara na mo nso, sɛ mohunu sɛ yeinom reba a, monhunu sɛ Nyankopɔn ahennie abɛn. Nokorɛ mese mo sɛ, awoɔ ntoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa. Ɔsoro ne asase bɛtwam, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da. Na monhwɛ mo ho yie, na adidie mmorosoɔ ne nsaborɔ ne nkwa yi mu nnoɔma ho dadwene ne haw anhyɛ mo akoma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim sɛ fidie, na ɛbɛba wɔn a wɔte asase ani nyinaa so. Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de adwane afiri nnoɔma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakɔgyina Onipa Ba no anim. Nso da biara no, na ɔkyerɛkyerɛ asɔrefie hɔ awia, na anadwo na wafiri hɔ akɔtena bepɔ a wɔfrɛ no Ngo Bepɔ no so. Na ɔman no nyinaa tua anɔpa ba ne nkyɛn asɔrefie hɔ bɛtie no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Apiti afahyɛ a wɔfrɛ no Twam no bɛnee. Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no hwehwɛɛ sɛdeɛ wɔbɛyɛ na wɔakum Yesu; ɛfiri sɛ na wɔsuro ɔman no. Na Satan kɔhyɛnee Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ dummienu no mu baako no mu. Na ɔne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asafohene no kɔkasa kyerɛɛ sɛdeɛ ɔbɛyɛ na wayi no ama wɔn. Na ɛyɛɛ wɔn anigyeɛ, na wɔne no hyehyɛɛ sɛ wɔbɛma no sika bi. Na ɔpenee; na ɔhwehwɛɛ sɛdeɛ ɔbɛnya kwan ayi no ama wɔn wɔ nkurɔfokuo no akyi. Na afei Apiti da a ɛsɛ sɛ wɔkum Twam dwan no durui. Na Yesu somaa Petro ne Yohane sɛ: Monkɔ nkɔsiesie Twam no mma yɛn, na yɛmmɛdi. Na wɔsee no sɛ: Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔsiesie? Na ɔsee wɔn sɛ: Hwɛ, moduru kuro no mu a, onipa bi a ɔso ahina a nsuo wɔ mu bɛhyia mo; monni n’akyi nkɔ efie a ɔbɛkɔ mu no mu. Na monse efiewura no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ se wo sɛ: Ɛhe na ahɔhodan a me ne m’asuafoɔ bɛdi mu Twam no wɔ? Na ɔbɛkyerɛ mo abansoro asa kɛseɛ bi a wɔahyehyɛ mu; ɛhɔ na monkɔsiesie! Na wɔkɔ kɔhunuu sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no, na wɔsiesiee Twam no. Na dɔn no duruiɛ no, ɔbɛtenaa ase, na asomafoɔ no ka ne ho. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Pɛ na mepɛɛ sɛ me ne mo di Twam yi ansa na mahunu amane. Na mese mo sɛ, merenni bi bio, gye da a aba mu Nyankopɔn ahennie mu. Na ɔfaa kuruwa no daa ase, na ɔkaa sɛ: Monnye yei, na monkyɛ mu! Na mese mo sɛ, merennom bobe aba no bi bio, gye da a Nyankopɔn ahennie no bɛba. Na ɔfaa paanoo daa ase bubui, na ɔde maa wɔn kaa sɛ: Yei ne me honam a mo nti wɔde rema; monyɛ yei mfa nyɛ me nkaeɛ. Saa ara nso na wɔwiee adidie no, ɔfaa kuruwa no kaa sɛ: Kuruwa yi ne apam foforɔ me mogya mu, ɛno na mo nti wɔrehwie aguo. Nso hwɛ, deɛ ɔreyi me ama no ne me te pono ho didi. Na Onipa Ba no rekɔ sɛdeɛ wɔahyɛ no deɛ, nanso onipa a ɔbɛyi no ama no nnue! Na wɔfirii aseɛ bisabisaa wɔ wɔn mu sɛ, hwan ara na ɔrebɛyɛ saa adeɛ yi. Na akasakasa bi nso baa wɔn mu sɛ, wɔn mu hwan na wɔbɛbu no kɛseɛ. Na ɔsee wɔn sɛ: Wiase amanaman ahemfo di wɔn so ahensɛm, na wɔn a wɔdi wɔn so tumi no, wɔfrɛ wɔn adɛɛfoɔ. Na mo deɛ, monnyɛ saa, na mmom deɛ ɔyɛ mo mu kɛseɛ no, ɔnyɛ sɛ akumaa; na deɛ ɔyɛ otitire no nyɛ sɛ deɛ ɔsom. Na hwan na ɔso, deɛ ɔte aduane pono ho anaasɛ deɛ ɔsom? Ɛnyɛ deɛ ɔte aduane pono ho? Na me deɛ, mewɔ mo mu sɛ deɛ ɔsom. Na mone wɔn a wɔda so ka me ho wɔ me sɔhwɛ mu. Na me nso, sɛdeɛ m’agya ayi ahennie ama me no, saa ara na mayi mama mo, na moadidi na moanom me pono so wɔ m’ahennie mu, na moatena nhennwa so abu Israel mmusuakuo dummienu no atɛn. Simon, Simon, hwɛ, anka na Satan pɛ sɛ ɔnya mo na ɔhuhu mo so sɛ aburoo. Nanso masrɛ mama wo, na woampa wo gyidie. Na wo deɛ, sɛ daakye, sɛ wosan gyina a, hyɛ wo nuanom den! Na ɔsee no sɛ: Awurade, masiesie me ho sɛ me ne wo bɛkɔ afiase ne owuo mu. Na ɔse: Petro, meka mekyerɛ wo, ɛnnɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woasane mprɛnsa sɛ wonnim me. Na ɔsee wɔn sɛ: Mesomaa mo a na monkura sika kotokuo ne akwantuo bɔtɔ ne mpaboa no, biribi ho hiaa mo anaa? Na wɔse: Anhia yɛn hwee. Ɛnna ɔsee wɔn sɛ: Afei deɛ, deɛ ɔwɔ sika kotokuo no, ma no mfa, ne akwantuo bɔtɔ saa ara; na deɛ ɔnni bie no, ma no ntɔn ne ntoma mfa ntɔ nkrantɛ. Na mese mo sɛ, yei a wɔatwerɛ nso, ɛtwa sɛ ɛba mu wɔ me ho sɛ: Wɔakan no afra mmaratofoɔ mu. Na deɛ ɛfa me ho no wɔ awieeɛ. Na wɔse: Awurade, hwɛ, nkrantɛ mmienu ni. Na ɔsee wɔn sɛ: Ɛdɔɔso. Na ɔfirii adi, na sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔkɔɔ Ngo Bepɔ no so; na asuafoɔ no nso dii n’akyi. Na ɔduruu hɔ no, ɔsee wɔn sɛ: Mommɔ mpaeɛ na moankɔ sɔhwɛ mu! Na ɔtwee ne ho firii wɔn nkyɛn bɛyɛ sɛ deɛ wɔto ɔboɔ a, ɛbɛtɔ no, ɔkotoo ne nan anim bɔɔ mpaeɛ sɛ: Agya, sɛ wopɛ a, ma kuruwa yi nsiane me ho nkɔ, nanso ɛnyɛ deɛ mepɛ, na deɛ wopɛ na ɛnyɛ hɔ. Na ɔbɔfoɔ firii soro bɛyii ne ho kyerɛɛ no hyɛɛ no den. Na ɔwɔ owuo yea mu no, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den. Na ne ho fifire yɛɛ sɛ mogya ntowantowa a ɛsosɔ fam. Na ɔsɔre firii mpaebɔ mu baa asuafoɔ no nkyɛn no, ɔbɛhunuu wɔn sɛ awerɛhoɔ nti wɔadeda, na ɔsee wɔn sɛ: Adɛn na moreda? Monsɔre mmɔ mpaeɛ na moankɔ sɔhwɛ mu. Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, nnipakuo bi bae a dummienu no mu baako a wɔfrɛ no Yuda di wɔn anim. Na ɔtwe bɛnee Yesu, bɛfee n’ano. Na Yesu bisaa no sɛ: Yuda, wode mfeano na ɛreyi onipa ba no ama? Na wɔn a wɔwɔ ne ho no hunuu deɛ ɛrebɛba no, wɔbisaa no sɛ: Awurade, yɛmmobɔ wɔn nkrantɛ anaa? Na wɔn mu baako bɔɔ ɔsɔfo panin akoa, na ɔtwaa n’aso nifa. Na Yesu buaa sɛ: Momma no nso ha ara! Na ɔsɔɔ n’aso no mu de famm hɔ. Na afei Yesu ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asɔrefie asafohene ne mpanimfoɔ a wɔbaa ne soɔ no sɛ: Mobaa sɛdeɛ moreba odwotwafoɔ soɔ na mokura nkrantɛ ne mmaa yi? Me ne mo wɔ asɔrefie hɔ daa no, moankye me; na yei ne mo berɛ ne esum tumi. Na wɔkyere no kɔe, na wɔde no kɔɔ ɔsɔfo panin fie. Na Petro deɛ, ɔdii wɔn akyi wɔ akyirikyiri. Na wɔsɔɔ ogya adihɔ hɔ na wɔtenaa ho no, Petro bɛtenaa wɔn mu. Na abaawa bi hunuu no sɛ ɔte gya no ho, na ɔhwɛɛ no dinn kaa sɛ: Oyi nso ne no na ɛnam. Na ɔsanee sɛ: Ɔbaa, menni no. Na ankyɛ na ɔfoforɔ hunuu no, na ɔse: Wo nso wofiri wɔn mu. Na Petro se: Barima, memfiri wɔn mu. Na ɛno akyi bɛyɛ dɔnhwere baako no, ɔfoforɔ bi nso de bɛtoo so sɛ: Oyi nso ne no na ɛnam ampa, ɛfiri sɛ ɔyɛ Galileani. Na Petro se: Barima, mennim deɛ woreka yi. Na amonom hɔ ara a ɔgu so rekasa no, akokɔ bɔnee. Na Awurade danee ne ho hwɛɛ Petro anim; na Petro kaee Awurade asɛm a ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa no. Na Petro firii adi kɔsuu yayaaya. Na mmarima a wɔkura Yesu no goroo ne ho hwee no. Na wɔkataa n’ani bobɔɔ n’ani so, na wɔbisaa no sɛ: Hyɛ nkɔm! Hwan na ɔbɔɔ woɔ? Na abususɛm pii keka ho a wɔka guu ne soɔ. Na adeɛ kyeeɛ no, ɔman mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no bɛhyiaeɛ, na wɔde no kɔɔ wɔn asɛnniiɛ kaa sɛ: Wone Kristo no a, ka kyerɛ yɛn! Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ mese mo a, morennye nni; na sɛ nso mebisa mo a, moremmua me. Na ɛfiri nnɛ na Onipa Ba no bɛtena Nyankopɔn tumi nifa soɔ. Na wɔn nyinaa kaa sɛ: Ɛnneɛ na wone Nyankopɔn ba no anaa? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moaka, na mene no. Na wɔse: Adanseɛ bɛn na ɛhia yɛn bio? Na yɛn ara yɛate afiri n’anomu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna nnipakuo no nyinaa sɔre de no kɔɔ Pilato anim. Na wɔfirii aseɛ totoo n’ano sɛ: Yɛahunu sɛ onipa yi resɛe yɛn man, na wabara sɛ wɔnnyi toɔ mma Kaesare, na ɔka sɛ ɔno ara ne Ɔhene Kristo no. Na Pilato bisaa no sɛ: Wone Yudafoɔ hene no anaa? Na ɔbuaa no sɛ: Woaka. Na Pilato ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Menhunu afobusɛm biara onipa yi mu. Nanso wɔkae ara sɛ: Ɔhwanyan ɔman mu, ɔkyerɛkyerɛ Yudea man nyinaa mu, ɔfirii aseɛ Galilea na ɔde abɛduru ha yi. Na Pilato tee Galilea din no, ɔbisaa sɛ onipa no yɛ Galileani anaa? Na ɔhunuu sɛ ɔfiri Herode asase soɔ no, ɔmaa wɔde no kɔmaa Herode; na nna no mu no, na ɔno ara nso wɔ Yerusalem. Herode hunuu Yesu no, n’ani gyee sɛ; ɛfiri sɛ ɔpɛɛ sɛ ɔhu no akyɛ, na wate ne ho nsɛm ntira. Na n’ani da so sɛ ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi na wahunu. Na ɔbisabisaa no nsɛm bebree, nanso wammua no. Nso na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no gyina hɔ, na wɔtotoo n’ano ara. Na Herode ne ne dɔm no bɔɔ no adapaa, goroo ne ho, na ɔhyɛɛ no atadeɛ nahanaha bi de no kɔmaa Pilato bio. Na da no ara na Herode ne Pilato faa adamfoɔ; akane no deɛ, na anka wɔyɛ aka. Na Pilato frɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ ne ɔman no boaa ano ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mode onipa yi abrɛ me sɛ obi a ɔsɛe ɔman; na hwɛ, mahwehwɛ ne mu mo anim, na manhunu nsɛm a mode totoo n’anomu afobusɛm biara onipa yi mu. Herode nso anhunu; na ɔmaa wɔde no brɛɛ yɛn, na hwɛ, ɔnyɛɛ deɛ ɛfata sɛ wɔku no. Enti mɛhwe no, na magyaa no. [Nso ɛsɛ no sɛ daa, afahyɛ no mu, ɔgyaa odeduani baako ma wɔn.] Na wɔn nyinaa teaa mu prɛko sɛ: Fa oyi kɔ, na gyae Baraba ma yɛn! (Ɔno na sakasaka bi a ɔkɔyɛɛ no kuro mu hɔ ne awudie nti wɔde no akɔto afiase.) Na Pilato pɛɛ sɛ ɔgyaa Yesu nti, ɔkasa kyerɛɛ wɔn bio. Na wɔteaa mu sɛ: Bɔ no asɛnnua mu, bɔ no asɛnnua mu! Na ɔkaa deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa kyerɛɛ wɔn sɛ: Na bɔne bɛn na wayɛ? Manhunu adeɛ biara a wayɛ a ɛfata sɛ wɔku no, enti mɛhwe no, na magyaa no. Na wɔde nne kɛseɛ kɔɔ so bisaa sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu; na wɔn nne boroo ne deɛ so. Na Pilato buu atɛn sɛ ɛnyɛ sɛdeɛ wɔbisaeɛ no. Na ɔgyaee deɛ sakasaka ne awudie nti wɔde no kɔtoo afiase a wɔsrɛɛ no no maa wɔn, na Yesu deɛ, ɔyii no mae sɛdeɛ wɔpɛ. Na wɔde no rekorɔ no, wɔsɔɔ Simon bi a ɔfiri Kirene a ɔfiri afuom reba no mu, na wɔde asɛnnua no too ne so sɛ ɔnsoa nni Yesu akyi. Na ɔman no mu nnipakuo kɛseɛ dii n’akyi ne mmaa a wɔredi abooboo na wɔresu no. Na Yesu danee n’ani kyerɛɛ wɔn kaa sɛ: Yerusalem mmammaa, monnsu me, na monsu mo ho ne mo mma! Na hwɛ, nna bi reba a wɔbɛka sɛ: Nhyira ne abonini ne yafunu a ɛnwoo da ne nufoɔ a wɔnnum da. Ɛnna wɔbɛfiri aseɛ aka akyerɛ mmepɔ sɛ: Monhwe yɛn so! ne nkokoɔ sɛ: Monkata yɛn so! Na sɛ wɔde yei reyɛ dua mono a, ɛdeɛn na wɔde bɛyɛ dua wuiɛ? Na wɔde nnebɔneyɛfoɔ baanu nso kaa ne ho kɔɔ sɛ wɔnkɔkum wɔn. Na wɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraa bea no, ɛhɔ na wɔsɛnee no ne nnebɔneyɛfoɔ no, ɔbaako wɔ ne nifa, na ɔbaako wɔ benkum. Na Yesu kaa sɛ: Agya, fa kyɛ wɔn, na wɔnnim deɛ wɔreyɛ! Na wɔtwee ntonto de kyɛɛ ne ntoma mu. Na ɔman no gyina hɔ rehwɛ. Na mpanimfoɔ no nso yii no ahi sɛ: Ɔgyee binom; sɛ oyi ne Kristo no a Onyankopɔn ayi no no a, ma no nnye ne ho ɛ! Na asraafoɔ no nso goroo ne ho, na wɔbaa ne nkyɛn bɛmaa no nsa kekakeka, na wɔkaa sɛ: Sɛ woyɛ Yudafoɔ hene a, gye wo ho! Na atwerɛ bi nso wɔ n’atifi sɛ: Oyi ne Yudafoɔ hene. Na nnebɔneyɛfoɔ a wɔasɛne wɔn no mu baako yaa no sɛ: Ɛnyɛ wo ne Kristo no? Gye wo ho ne yɛn! Na ɔbaako no buaa no kaa n’anim sɛ: Wo nso wonnsuro Onyankopɔn sɛ wowɔ afobuo koro yi ara mu yi? Na yɛn deɛ, deɛ ɛtene pɛpɛɛpɛ, na yɛanya deɛ ɛsɛ yɛn nneyɛɛ no; na oyi deɛ, ɔnyɛɛ mfomsoɔ adeɛ biara. Na ɔkaa sɛ: Yesu, sɛ woba w’ahennie mu a, kae me! Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nokorɛ mese wo sɛ, nnɛ wobɛka me ho wɔ Paradise hɔ. Na ɛbɛyɛ awia dummienu no, esum duruu asase nyinaa so de kɔsii awia nnɔnmmiɛnsa. Na owia duruu sum; na asɔredan mu ntoma a ɛtwa mfimfini no mu teeɛ. Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ! Na ɔkaa saa no, ɔgyaa mu. Na asraafoɔ ɔha so panin no hunuu deɛ asie no, ɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ onipa tenenee. Na nkurɔfoɔ akuakuo a wɔbaa hɔ bɛhwɛɛ adeɛ no nyinaa hunuu deɛ asie no, wɔbobɔɔ wɔn koko so, sane kɔe. Na n’amannifoɔ nyinaa ne mmaa a wɔdii n’akyi firi Galilea no abɛgyina akyirikyiri rehwɛ nnoɔma yi. Na hwɛ, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosef a ɔyɛ badwani na ɔyɛ onipa pa na ɔtene no deɛ, wampene wɔn agyina ne wɔn nneyɛɛ no so. Ɔfiri Yudafoɔ kuro Arimatea mu, na ɔno ara nso retwɛn Nyankopɔn ahennie no. Ɔno na ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ no Yesu amu no. Na ɔkɔyii amu no kyekyeree no nwera mu, na ɔde kɔtoo ɛda a wɔatwa no ɔboɔ mu, a onipa bi nnaa mu da mu. Na da no yɛ ahosiesie da, na homeda rebɛn. Na mmaa no nso a wɔne no firi Galilea baeɛ no dii akyire kɔhwɛɛ ɛda no ne sɛdeɛ wɔde n’amu no too hɔ faeɛ. Na wɔsane bɛsiesiee nnuro ne ngo hwamhwam. Na homeda no, wɔyɛɛ komm homee sɛdeɛ mmara no teɛ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na da a ɛdi nnawɔtwe kan no anɔpahema, wɔkɔɔ ɛda no so, na wɔde nnuhwam a wɔasiesie no bae. Na wɔhunuu ɔboɔ no sɛ apire afiri ɛda no ano, na wɔhyɛnee mu no, wɔanhunu Awurade Yesu amu no. Na ɛbaa sɛ yei yɛɛ wɔn tirim keserenee no, hwɛ, mmarima baanu bɛgyinaa wɔn nkyɛn a wɔhyɛ ntadeɛ a ɛhyerɛn. Na ehu kaa wɔn maa wɔsisii wɔn tiri ase, na mmarima no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn na mohwehwɛ ɔteasefoɔ awufoɔ mu yi? Ɔnni ha, na wasɔre. Monkae sɛdeɛ ɔwɔ Galilea no, ɔka kyerɛɛ mo sɛ: Ɛtwa sɛ wɔde Onipa Ba no hyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa, na wɔbɔ no asɛnnua mu, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wasɔre bio. Na wɔkaee ne nsɛm no; na wɔsane firii ɛda no so bɛkaa nnoɔma yi nyinaa kyerɛɛ dubaako no ne wɔn a aka no nyinaa. Na Maria Magdalene ne Yohana ne Yakobo ne na Maria ne mmaa a wɔka wɔn ho no na wɔbɛkaa yeinom kyerɛɛ asomafoɔ no. Nanso wɔn nsɛm no yɛɛ wɔn sɛ nsɛnhunu, na wɔannye wɔn anni. Na Petro deɛ, ɔsɔre tutuu mmirika kɔɔ ɛda no so, na ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ mu no, ɔhunuu nwera no sɛ ɛgu fa, na ɔfirii hɔ kɔɔ fie, na deɛ asie no yɛɛ no nwanwa. Na hwɛ, da no ara wɔn mu baanu sii mu kɔɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Emaus a ɛfiri Yerusalem rekɔ hɔ bɛyɛ nkwansimma aduosia ase. Na wɔredi nsɛm a asie yi nyinaa ho nkɔmmɔ. Na ɛbaa sɛ wɔredi nkɔmmɔ na wɔrebisabisaa wɔn ho no, Yesu ankasa twe bɛnee ne wɔn bɔɔ anan kɔe. Nanso wɔasosɔ wɔn aniwa mu, na wanhu no. Na ɔbisaa wɔn sɛ: Nkɔmmɔ bɛn na monam redie a mo werɛ ahoɔ yi? Na wɔn mu baako a wɔfrɛ no Kleopa buaa no sɛ: Wo nko ne hɔhoɔ wɔ Yerusalem a wonnim nsɛm a asi hɔ nnansa yi anaa? Na ɔbisaa wɔn sɛ: Nsɛm bɛn? Na wɔsee no sɛ: Deɛ ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifoɔ a ɔwɔ tumi, nneyɛɛ ne ɔkasa mu, Onyankopɔn ne ɔman nyinaa anim no ho, sɛdeɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne yɛn mpanimfoɔ de no kɔmaa sɛ wɔmmu no fɔ nkum no, na wɔbɔɔ no asɛnnua mu. Na yɛn deɛ, yɛn ani daa so sɛ anka ɔno na ɔrebɛgye Israel. Nanso yei nyinaa akyiri no, nnansa ni a nsɛm yi siiɛ. Na mmaa bi a wɔfiri yɛn mu abɛma yɛn ho adwiri yɛn. Wɔtuaa nhema kɔɔ ɛda no so, na wɔanhunu n’amu no, na wɔba bɛkaa sɛ wɔahunu abɔfoɔ bi wɔn ani so nso a wɔkaa sɛ ɔte ase. Na wɔn a wɔne yɛn wɔ hɔ no mu binom kɔɔ ɛda no so, na wɔkɔhunuu sɛdeɛ mmaa no nso kaeɛ no ara; na ɔno ara deɛ, wɔanhu no. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: O adwenharefoɔ a moyɛ nyaa mo akoma mu sɛ mobɛgye deɛ adiyifoɔ no aka nyinaa adie! Ɛnsɛ sɛ Kristo no bɛhunu saa amaneɛ no ansa na wakɔ n’animuonyam mu anaa? Na ɔfiri Mose ne adiyifoɔ nyinaa so kyerɛɛ wɔn atwerɛ nyinaa mu nsɛm a ɛfa ne ho ase. Na wɔrebɛn akuraa a wɔrekɔ aseɛ no, ɔyɛɛ sɛdeɛ ɔrekɔ n’anim. Na wɔhyɛɛ no dendeenden sɛ: Tena yɛn nkyɛn, na onwunu adwo, na adeɛ reyɛ asa. Ɛnna ɔhyɛnee mu ne wɔn kɔtenaeɛ. Na ɛbaa sɛ ɔne wɔn te adidiiɛ no, ɔfaa paanoo hyiraa so, na ɔbubu de maa wɔn. Na wɔn ani buee, na wɔhunuu no; na ɔno deɛ, ɔtu yeraa wɔ wɔn anim. Ɛnna wɔsesee wɔn ho sɛ: Ɔne yɛn rekasa kwan mu na ɔbuee atwerɛ nsɛm no mu kyerɛɛ yɛn no, yɛn akoma mu anyɛ yɛn dɛdɛɛdɛ anaa? Na wɔsɔree dɔn no ara mu sane baa Yerusalem; na wɔbɛhunuu sɛ dubaako no ne wɔn a wɔka wɔn ho aboaboa wɔn ano reka sɛ: Awurade anyane ampa, na wayi ne ho akyerɛ Simon. Na baanu no nso kaa deɛ ɛsii kwan mu ne sɛdeɛ wɔhunuu no paanoobubuo mu no kyerɛɛ wɔn. Na wɔrekasa saa no, ɔno ara ankasa bɛgyinaa wɔn mfimfini, na ɔsee wɔn sɛ: Asomdwoeɛ nka mo! Na wɔbobɔɔ binim, na wɔsuro susuu sɛ wɔahunu ɔsaman. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn na mo akoma tutuo, na adɛn nti na adwene sɔresɔre mo akoma mu? Monhwɛ me nsa ne me nan sɛ ɛyɛ me ara; momfa mo nsa nka me nhwɛ, ɛfiri sɛ ɔsaman nni nam ne nnompe sɛdeɛ mohunu sɛ mewɔ yi. Na ɔkaa saa no, ɔde ne nsa ne ne nan kyerɛɛ wɔn. Na anigyeɛ nti wɔda so nnye nni na ɛyɛɛ wɔn nwanwa no, ɔbisaa wɔn sɛ: Mowɔ aduane bi wɔ ha anaa? Na wɔmaa no apataa a wɔatoto sini bi. Na ɔgye dii wɔ wɔn anim. Na ɔsee wɔn sɛ: Yei ne me nsɛm a me ne mo wɔ hɔ no, meka mekyerɛɛ mo no, sɛ ɛtwa sɛ deɛ wɔatwerɛ Mose mmara ne Adiyifoɔ ne Nnwom mu, wɔ me ho no nyinaa ba mu. Ɛno na ɔbuee wɔn adwene mu maa wɔtee atwerɛ nsɛm no aseɛ. Na ɔsee wɔn sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Kristo no bɛhunu amane, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wasɔre afiri awufoɔ mu, na wɔafa ne din so akɔka adwensakyera ne bɔne fakyɛ amansan nyinaa mu, na wɔbɛfiri aseɛ wɔ Yerusalem. Na mone yeinom ho adansefoɔ. Na hwɛ, meresoma m’agya bɔhyɛ no aba mo so; enti montena kuro no mu nkɔsi sɛ wɔbɛma mo ahoɔden afiri soro. Na ɔde wɔn firii adi kɔduruu Betania; na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn. Na ɛbaa sɛ ɔrehyira wɔn no, ɔne wɔn paepaee mu, na wɔmaa no so kɔɔ soro. Na wɔkoto sɔree no, na wɔde anigyeɛ kɛseɛ sane baa Yerusalem. Na wɔwɔ asɔrefie hɔ daa yii Onyankopɔn ayɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Efratini barima bi wɔ hɔ a ɔfiri Ramataim-sofim, Efraim bepɔ soɔ a ne din de Elkana, Suf ba, Tohu ba, Elihu ba, Yeroham ba. Na ɔwɔ yerenom baanu, ɔbaako din de Hana, na ɔbaako din de Penina. Na Penina wɔ mma, nanso Hana deɛ, na ɔnni ba. Daa afe ɔbarima yi firi ne kurom kɔ sɛ ɔrekɔsɔre na wabɔ afɔdeɛ ama asafo AWURADE wɔ Silo. Na ɛhɔ na Eli mma baanu Hofni ne Pinehas di AWURADE asɔfoɔ. Na da a Elkana bɔ afɔdeɛ no, ɔma ne yere Penina ne ne mmammarima ne ne mmammaa nyinaa kyɛfa. Na Hana deɛ, ɔma no baanu kyɛfa, ɛfiri sɛ ɔdɔ Hana, nanso AWURADE ato ne yafunu mu. Na ahi ara na na ne kora no yi no sɛ ɔbɛhuru ne boɔ, ɛfiri sɛ AWURADE ato ne yafunu mu. Na saa na na ɔyɛ afe biara. Daa sɛ wɔforo kɔ AWURADE fie a, ɔyi no ahi saa; na ɔsu na ɔnnidi. Na ne kunu Elkana ka kyerɛɛ no sɛ: Hana, adɛn na wosu, na adɛn na wonnidie, na adɛn na wo bo nnwoɔ? Menyɛ memma wo nsene mmammarima du anaa? Na wɔdidiiɛ na wɔnom wieeɛ wɔ Silo no, Hana sɔreeɛ; nanso na Ɔsɔfoɔ Eli te adwa so AWURADE asɔredan ano aponnwa ho. Na ne kra werɛ hoe, na ɔbɔɔ AWURADE mpaeɛ, na ɔde yea sui. Na ɔhyɛɛ bɔ sɛ: Asafo AWURADE, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfiri w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabanin a, ɛnneɛ mede no bɛma AWURADE ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan biara renka ne ti. Na ɛbaa sɛ, ɔgu so rebɔ mpaeɛ AWURADE anim no, Eli hwɛɛ n’ano dinn; na Hana rekasa n’akoma mu, na n’ano nko na ɔbesebese, na ne nne deɛ, wɔnte. Enti Eli buu no sɛ ɔsabofoɔ. Ɛnna Eli ka kyerɛɛ no sɛ: Da bɛn na wobɛboro nsa akɔsie? Yi wo nsanom firi w’ani so. Na Hana buaa sɛ: Dabi, me wura, meyɛ ɔbaa werɛhoni; na bobesa ne nsa biara deɛ, mennom bi, na mahwie me kra magu AWURADE anim; mfa w’abaawa nto ɔbaa huhuni bi ho, ɛfiri sɛ m’awerɛhoɔ ne m’ayamgya dodoɔ mu na makasa abɛsi sɛsɛɛ yi. Ɛnna Eli buaa sɛ: Fa asomdwoeɛ kɔ, na Israel Nyankopɔn mma wo adeɛ a wosrɛɛ no ne hɔ no. Na ɔkaa sɛ: Ma w’afenaa nnya w’anim adom. Ɛnna ɔbaa no sii mu kɔ kɔdidiiɛ, na n’anim nte sɛ kane no bio. Na wɔsɔree anɔpatutu kɔsɔree AWURADE anim, na wɔsane baa wɔn fie Rama. Na Elkana ne ne yere Hana daeɛ, na AWURADE kaee no; na afe reduro no, na Hana anyinsɛn awo ɔbabarima, na ɔtoo no din Samuel, na ɔkaa sɛ: AWURADE hɔ na mesrɛɛ no. Na ɔbarima Elkana ne ne fiefoɔ nyinaa foro kɔɔ sɛ ɔrekɔbɔ afirinhyia afɔdeɛ de n’aboadeɛ akɔma AWURADE. Na Hana deɛ, wankɔ, na ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Gye sɛ abɔfra no atwa nufoɔ ansa na mede no akɔ, na wakɔpue AWURADE anim, na watena hɔ daa. Na ne kunu Elkana ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani so, tena hɔ kɔsi sɛ wobɛtwa no nufoɔ ansa; AWURADE asɛm ara na ɔmma no nnyina. Na ɔbaa no tenaa hɔ maa ne ba nufoɔ de kɔsii sɛ ɔtwaa no. Na ɔtwaa no no, ɔfaa no kaa ne ho de nantwinini a wadi mfeɛ mmiɛnsa ne esiam efa baako ne bobesa kotokuo ma de no baa AWURADE fie Silo. Na abɔfra no sua. Na wɔkum nantwinini no, na wɔde abɔfra no brɛɛ Eli. Na ɔkaa sɛ: O me wura, sɛ wo kra te aseɛ yi, me wura, mene ɔbaa a ɔbɛgyinaa wo nkyɛn ha yi bɔɔ AWURADE mpaeɛ no. Abɔfra yi ho mpaeɛ na mebɔeɛ, na AWURADE ama me adeɛ a mesrɛɛ no ne hɔ no. Enti me deɛ, mede no mafɛm AWURADE; ne nna a ɔbɛtena aseɛ nyinaa mede no mama AWURADE. Na ɔsɔree AWURADE wɔ hɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Hana nso bɔɔ mpaeɛ sɛ: M’akoma di AWURADE mu ahurisie, AWURADE mu na wɔama m’abɛn soɔ; M’anomu atrɛ m’atamfoɔ so, ɛfiri sɛ m’ani gye wo nkwagyeɛ mu. Obiara nyɛ Kronkron sɛ AWURADE, na obiara nni w’akyi, na Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn. Monnkasa ahantan kasa bebree saa, mommma asɛm denden mmfiri mo anomu, na AWURADE ne Onyankopɔn a ɔhunu adeɛ nyinaa, na ɔno na ɔkari nneyɛɛ. Ahoɔdenfoɔ tadua bubu, na mmerɛfoɔ deɛ, wɔde ahoɔden bɔ wɔn ho so; Wɔn a wɔmee kɔdi aduane ho paa, na pititɔfoɔ kɔm gu; Obonini mpo awo nson, na deɛ ɔwɔ mma bebree no yɛ ɔhokwafoɔ. AWURADE na ɔkum, na ɔma nkwa; ɔma wɔsiane kɔ Asamando, na ɔma wɔforo firi adi. AWURADE ma obi di hia, na ɔma obi di yie; ɔbrɛ onipa ase, na ɔma onipa so. Ɔma mmɔborɔni so firi mfuturo mu, na ɔma ohiani so firi sumina so, sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma mu, na wama no anya animuonyam adwa so atena. Na asase nnyinasoɔ yɛ AWURADE dea, na ɔde wiase asi so. Ɔhwɛ n’ahotefoɔ nan so, na abɔnefoɔ bɛtɔre mum esum mu; na ɛnyɛ ahoɔden so na onipa nam bɛdi nim. AWURADE atamfoɔ bɛwie pasaa, na ɔbɛma n’aprannaa abom ɔsoro agu wɔn so. AWURADE bɛbu asase ano atɛn; ɔde ahoɔden bɛma ne hene, na wama deɛ wasra no ngo no abɛn so. Na Elkana kɔɔ ne fie Rama; na abɔfra no som AWURADE, Ɔsɔfoɔ Eli anim. Na Eli mma no yɛ mma ahuhufoɔ; wɔmmu AWURADE. Na asɔfoɔ adeɛ a wɔyɛ ɔman no ne sɛ: Sɛ obi rebɔ afɔdeɛ a, wɔrenoa nam no, na ɔsɔfoɔ no somfoɔ aba, na ɔkura adinam a ano mmiɛnsa, na ɔde abɛbɔ dadesɛn anaa ahina anaa ɛkyeɛ dadeɛ anaa kukuo no mu, na deɛ adinam no de bɛba nyinaa na ɔsɔfoɔ no afa; saa ara na na wɔyɛ Israelfoɔ a wɔba Silo hɔ nyinaa. Nso wɔnnya nhyee sradeɛ no mmaa AWURADE no, na ɔsɔfoɔ no somfoɔ abɛka akyerɛ deɛ ɔrebɔ afɔdeɛ no sɛ: Ma nam na wɔnkɔtoto mma ɔsɔfoɔ; na ɔnnye wo hɔ nam a wɔanoa, na mmom ɛnam mono. Na sɛ ɔka sɛ: Ma wɔnhye sradeɛ no nwie ansa na woafa dodoɔ biara a wopɛ a, ɔsomfoɔ no ka sɛ: Dabi, na ma me bi prɛko, anyɛ saa a, mɛfa no ɔhyɛ so. Enti mmeranteɛ no bɔne yɛɛ kɛse, AWURADE anim, ɛfiri sɛ nnipa no buu AWURADE aduane afɔdeɛ no animtia. Na Samuel deɛ, ɔsom AWURADE anim; ɔyɛ abɔfra a wɔde nwera asɔfotadeɛ abɔ ne mu. Na ne na pam batakari kumaa bi ma no, na ɔde kɔma no daa afe a ɔne ne kunu rekɔbɔ daa afe afɔdeɛ no. Na Eli hyira Elkana ne ne yere sɛ: AWURADE mma w’asefoɔ mfiri ɔbaa yi mu nsi akyɛdeɛ a ɔde ama AWURADE yi ananmu. Afei, wɔsim kɔ wɔn kurom. Na AWURADE bɛhwɛɛ Hana, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo mmammarima baasa ne mmammaa baanu. Na abɔfra Samuel no nyinii AWURADE anim. Afei na Eli abɔ akora, na ɔtee adeɛ a na ne mma de yɛ Israel nyinaa no nyinaa ne sɛdeɛ wɔne mmaa a na wɔbɛyɛ ahyiaeɛ ntomadan ano adwuma no da. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na modi saa nsɛm yi? Na mete mo nsɛmmɔne yi firi ɔman yi nyinaa anomu. Dabi, me mma, na ɛnyɛ atenka pa na meteɛ yi; moma AWURADE man no fom. Sɛ obi yɛ onipa bi bɔne a, Onyankopɔn bɛpata ama no; na sɛ obi yɛ AWURADE bɔne a, hwan na ɔbɛpa kyɛw ama no? Nanso wɔantie wɔn agya nne, ɛfiri sɛ na AWURADE repɛ aku wɔn. Na abɔfra Samuel no kɔɔ so ara nyiniiɛ, na ɔnyaa anisɔ, AWURADE ne nnipa anim. Na Nyankopɔn nipa bi baa Eli nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛnyɛ me ho adi na meyi mekyerɛɛ w’agya fie berɛ a wɔwɔ Misraim, Farao fie no, na meyii no Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔmmɛdi me sɔfoɔ na ɔmmɔ m’afɔrebukyia so ɔhyeɛ afɔdeɛ na ɔnhye aduhwam na ɔnhyɛ asɔfotadeɛ no m’anim, na mede Israelfoɔ gya afɔdeɛ nyinaa memaa w’agya fie. Adɛn nti na motiatia me kum afɔdeɛ ne m’aduane afɔdeɛ a mahyɛ sɛ wɔmmɔ no me tenabea no soɔ, na wodi wo mma ni sene me, sɛ mode me man Israel ayɛyɛdeɛ nyinaa mu adeɛ a ɛdi kan yɛ mo ho yie? Enti AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔka nie: Mekae ampa sɛ: Wo fie ne w’agya fie nnante m’anim daa; nanso afei, deɛ AWURADE seɛ nie: Ɛmpare me koraa; na wɔn a wɔdi me ni no, mɛdi wɔn ni, na wɔn a wɔbu me animtia no bɛbɔ ahohora. Hwɛ, nna bi reba a mɛtwa wo basa ne w’agya fie basa, na akɔkoraa bi renka wo fie. Na sɛ wohunu yie a Onyankopɔn bɛyɛ Israel no nyinaa a, ɛbɛma wo ho ahiahia wo wɔ me tenabea hɔ, ɛfiri sɛ akɔkoraa bi renka wo fie da biara da. Nanso meremma onipa mmɔ wo m’afɔrebukyia ho, na wama w’ani ayɛ siamoo na wahyɛ wo kra awerɛhoɔ; na wo fie dodoɔ bɛwuwu wɔn mmeranteberɛ mu. Na yei nyɛ wo deɛ ɛbɛba wo mma baanu, Hofni ne Pinehas, soɔ no ho nsɛnkyerɛnneɛ: Da koro na wɔn baanu no bɛwuwuo. Na mɛma ɔsɔfoɔ nokwafoɔ so mafa, ɔbɛyɛ deɛ ɛwɔ m’akoma ne me kra mu, na mɛkyekyere efie a ɛtim hɔ mama no, na wanante deɛ masra no no anim nna nyinaa. Na deɛ ɔbɛka wo fie no bɛba abɛkoto no agye dwetɛbena ne paanoo mua, na waka sɛ: Mesrɛ wo, fa me hyɛ asɔfoɔ adwuma no baako bi mu, na manya paanoo sini madi.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na abɔfra Samuel som AWURADE, Eli anim. Na AWURADE asɛm ho yɛ na nna no mu, na anisoadehunu ntaa mma. Na ɛberɛ no mu, ɛbaa sɛ da bi a Eli da ne daberɛ no, — nso na n’ani afiri aseɛ ayɛ kusukusu a ɔnhunu adeɛ yie, — na Nyankopɔn kanea no nnya nnumiiɛ, na Samuel da AWURADE asɔredan mu, deɛ Nyankopɔn adaka no sie hɔ; AWURADE frɛɛ Samuel, Samuel na ɔkaa sɛ: Menie. Na ɔtuu mmirika kɔɔ Eli nkyɛn kɔkaa sɛ: Menie, na wofrɛɛ me. Na Eli kaa sɛ: Memfrɛɛ wo, sane kɔda. Na ɔkɔdae. Na AWURADE frɛɛ no bio, Samuel; na Samuel sɔre kɔɔ Eli nkyɛn kɔkaa sɛ: Menie, na wofrɛɛ me. Na Eli se: Memfrɛɛ wo, me ba, sane kɔda. Nso na Samuel nnya nhunuu AWURADE, na wɔnnya nyii AWURADE asɛm nkyerɛɛ no. Na AWURADE kɔɔ so frɛɛ Samuel deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa; na ɔsɔre kɔɔ Eli nkyɛn kɔkaa sɛ: Menie, na wofrɛɛ me. Ɛnna Eli hunuu sɛ AWURADE na ɔrefrɛ abɔfra no, enti Eli ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Kɔda, na sɛ ɔfrɛ wo a, ka sɛ: AWURADE, kasa na w’akoa retie. Na Samuel kɔ kɔdaa ne daberɛ. Na AWURADE ba bɛgyinaa hɔ frɛɛ sɛ kane no sɛ: Samuel, Samuel! Ɛnna Samuel se: Kasa, na w’akoa retie. Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Hwɛ, merebɛyɛ biribi Israel mu a obiara a ɔbɛteɛ no aso mmienu mu bɛyɛ no kyeoo. Da no, na mɛma adeɛ a maka atia Eli fie nyinaa aba mu firi mfitiaseɛ de kɔsi awieeɛ. Na maka makyerɛ no sɛ merebu ne fie atɛn akɔsi daa, amumuyɛ no nti, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne mma retwetwe mmusuo, na wanka wɔn anim. Na enti maka ntam afa Eli fie ho sɛ: Sɛ wɔde okum afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ pata ma Eli fie mpo a, ɛrempepa wɔn amumuyɛ da biara da. Na Samuel da kɔduruu anɔpa, na ɔhinihinii AWURADE fie apono no. Na Samuel suroo sɛ ɔbɛka adeɛ a ɔhunuiɛ no akyerɛ Eli. Ɛnna Eli frɛɛ Samuel sɛ: Me ba Samuel. Na ɔkaa sɛ: Menie. Na ɔkaa sɛ: Asɛm bɛn na ɔka kyerɛɛ woɔ no? Nsi me asɛm no so. Sɛ wosi me asɛm a ɔka kyerɛɛ woɔ no nyinaa bi so a, Onyankopɔn ntua wo ka, na ɔmfa bi nka ho! Ɛnna Samuel kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no, na wansi no bi so. Na ɔse: Ɛyɛ AWURADE, deɛ ɛyɛ n’ani soɔ no, ɔnyɛ. Na Samuel nyinii, na AWURADE dii n’akyi, na asɛm biara a Samuel kaeɛ no baa mu. Na Israel nyinaa, ɛfiri Dan kɔsi Beer-seba hunuu sɛ wɔde Samuel asi hɔ sɛ ɔnyɛ AWURADE diyifoɔ. Na AWURADE kɔɔ so yii ne ho adi Silo; na AWURADE nam AWURADE asɛm so yii ne ho kyerɛɛ Samuel wɔ Silo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Samuel asɛm duruu Israel nyinaa nkyɛn. Na Israel tu kɔɔ sɛ wɔrekɔhyia Filistifoɔ ne wɔn akɔko; na wɔkɔkyeree nsraban Eben-eser, na Filistifoɔ nso bɛkyeree nsraban Afek. Na Filistifoɔ no twaa mpasua hyiaa Israel, na ɔko no mu trɛe, na Israel dii nkoguo Filistifoɔ no anim, na wɔkumm mpasua no so nnipa bɛyɛ mpemnan. Na ɔman no baa nsraban no mu no, Israel mpanin kaa sɛ: Adɛn nti na AWURADE ama yɛadi nkoguo nnɛ Filistifoɔ anim yi? Momma yɛnkɔfa AWURADE apam adaka no mfiri Silo mmra yɛn nkyɛn, na ɛmmra yɛn mu mmɛgye yɛn mfiri yɛn atamfoɔ nsam. Ɛnna ɔman no soma maa wɔkɔɔ Silo kɔsoaa asafo AWURADE a ɔte Kerubim ntam no apam adaka no baeɛ, na Eli mma baanu no, Hofni ne Pinehas, na wɔwɔ Nyankopɔn apam adaka no ho. Na AWURADE apam adaka no duruu nsram hɔ no, Israel nyinaa bɔɔ ose kɛseɛ maa asase wosoe. Na Filistifoɔ tee osebɔ no, wɔkaa sɛ: Hebrifoɔ nsram osebɔ kɛseɛ yi aseɛ ne sɛn? Na wɔtee sɛ AWURADE adaka no aba nsraban no mu. Ɛnna Filistifoɔ no suroeɛ, ɛnna wɔse: Onyankopɔn aba nsraban no mu. Na wɔkaa sɛ: Buei, yɛnnue! Na ɛmmaa saa pɛn. Buei, yɛnnue! Hwan na ɔbɛyi yɛn afiri anyame atumfoɔ yi nsam? Yeinom ne anyame a wɔde haw nyinaa haa Misraim ɛserɛ so no. Mo Filistifoɔ, monyɛ den, na monyɛ mmarima, na moansom Hebrifoɔ sɛdeɛ wɔsom mo no; enti monyɛ mmarima na monko. Na Filistifoɔ no koeɛ, na Israel dii nkoguo, na wɔn nyinaa dwanedwane kɔɔ wɔn ntomadan mu. Na ɛyɛɛ okunkɛseɛ sɛ, na Israel mu nnipa a wɔnam anammɔn mu mpem aduasa totɔeɛ. Na Nyankopɔn adaka no, wɔfaeɛ, na Eli mma baanu no, Hofni ne Pinehas nso totɔeɛ. Na Benyaminni bi firi mpasua no mu tutuu mmirika baa Silo da no ara, na n’atadeɛ asunsuane, na dɔteɛ gu n’atifi. Na ɔduruiɛ no, na hwɛ, Eli te n’adwa so kwankyɛn rehwɛ kwan; na Nyankopɔn adaka no nti na ne bo ntɔ ne yam. Na ɔbarima no ba bɛkae, na kuro mu no nyinaa sui. Na Eli tee esu no, ɔkaa sɛ: Hooyɛ gyegyeegye yi aseɛ ne sɛn? Na ɔbarima no yɛɛ ntɛm bɛka kyerɛɛ Eli. Nso na Eli adi mfeɛ aduɔkron nwɔtwe, na n’ani so ayɛ wisiwisi, na ɔnhunu adeɛ yie. Na ɔbarima no ka kyerɛɛ Eli sɛ: Mene deɛ ɔfiri mpasua mu baeɛ no. Ɛnnɛ na mefiri mpasua no mu medwaneeɛ. Na ɔse: Asɛm no te sɛn, me ba? Na ɔbɔfoɔ no buaa sɛ: Israel adwane Filistifoɔ anim, na wɔakum ɔman no mu nnipa pii nso, na wo mma baanu no, Hofni ne Pinehas, nso atotɔ, na Nyankopɔn adaka no, wɔafa. Na ɛbaa sɛ, ɔbɔɔ Nyankopɔn adaka no din no, Eli firi n’adwa so muni faa n’akyi hwee ɛpono kɛseɛ no ho, na ne kɔn mu bui, na ɔwui, ɛfiri sɛ na ɔyɛ akɔkoraa a ne mu yɛ duru. Na wabu Israel atɛn mfeɛ aduanan. Na n’ase, Pinehas yere, anyinsɛn a n’awoɔ reyɛ adu. Na ɔtee nsɛm no sɛ wɔafa Nyankopɔn adaka, na n’ase ne ne kunu awuwuo no, ɔkoto woe, na n’awoko yea kutaa no. Na ɔrewu no, mmaa a wɔgyinagyina ne nkyɛn no ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na ɔbarima na woawoɔ yi. Nanso wammua, na wammu asɛm no. Na ɔtoo abɔfra no din Ikabod, na ɔkaa sɛ: Fa a wɔafa Nyankopɔn adaka no ne n’ase ne ne kunu nti, animuonyam afiri Israel kɔ. Enti na ɔse: Animuonyam no afiri Israel so, ɛfiri sɛ wɔafa Nyankopɔn adaka no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛberɛ a Filistifoɔ no faa Nyankopɔn adaka no, wɔde firi Eben-eser kɔɔ Asdod. Na Filistifoɔ no de Nyankopɔn adaka no kɔɔ Dagon fie, na wɔde kɔsii Dagon nkyɛn. Na adeɛ kyeeɛ no, Asdodfoɔ sɔree anɔpatutu, na hwɛ, na Dagon ahwe ase a n’anim butu fam, AWURADE adaka no anim. Na wɔmaa Dagon so de no sii ne sibea. Na adeɛ kyeeɛ a wɔsɔree anɔpatutu no, na hwɛ, Dagon ahwe ase a n’anim butu fam, AWURADE adaka no anim, na Dagon tiri ne ne nsa mmienu abubu gugu aponnwa aseɛ deɛ no so, na Dagon kuntusini nko na aka. Yei nti na Dagon asɔfoɔ ne wɔn a wɔba Dagon fie nyinaa ntia aponnwa aseɛ deɛ no so wɔ Asdod de bɛsi nnɛ. Na AWURADE nsa yɛɛ duru Asdodfoɔ so, na ɔsɛee wɔn, na ɔde mpɔmpɔ bobɔɔ wɔn, Asdod ne ɛho nkurowa. Na nnipa a wɔtete Asdod no hunuu sɛ ɛte saa no, wɔkaa sɛ: Mommma Israel Nyankopɔn adaka no nntena yɛn nkyɛn, ɛfiri sɛ ne nsa yɛ yɛn ne yɛn nyame Dagon so den papa. Na wɔsoma maa wɔkɔhyiahyiaa Filistifoɔ asafohene nyinaa baa wɔn nkyɛn kaa sɛ: Ɛdeɛn na yɛnyɛ Israel Nyankopɔn adaka no? Na wɔse: Wɔnsoa Israel Nyankopɔn adaka no nkɔ Gat. Na wɔsoaa Israel Nyankopɔn adaka no kɔɔ hɔ. Na wɔsoa kɔeɛ no, AWURADE nsa baa kuro no so, ebumbɔ kɛseɛ pa ara, na ɔbobɔɔ kuro no mufoɔ nketewa ne akɛseɛ nyinaa na mpɔmpɔ sisii wɔn. Na wɔmaa wɔde Nyankopɔn adaka no kɔɔ Ekron. Na wɔde Nyankopɔn adaka no duruu Ekron no, Ekronfoɔ no teaa mu sɛ: Wɔde Israel Nyankopɔn adaka no aba yɛn nkyɛn de rebɛku yɛn ne yɛn man! Na wɔsoma maa wɔkɔhyiahyiaa Filistifoɔ asafohene nyinaa boaa ano, na wɔkaa sɛ: Momma wɔmfa Israel Nyankopɔn adaka no nsane nkɔ ne siberɛ, na ankuku yɛn ne yɛn man. Na owuo anikrakra baa kuro no mu nyinaa, na Nyankopɔn nsa yɛɛ duru wɔ wɔn so wɔ hɔ. Na nnipa a wɔanwuo no, mpɔmpɔ sisii wɔn, na kuro no mufoɔ su a wɔsuiɛ no foro kɔɔ soro.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE adaka no dii Filistifoɔ asase so abosome nson. Ɛnna Filistifoɔ frɛfrɛɛ asɔfoɔ ne akɔmfoɔ sɛ: Yɛnyɛ AWURADE adaka yi dɛn? Monkyerɛ yɛn adekodeɛ a yɛmfa nka ho nkɔ ne siberɛ. Na wɔkaa sɛ: Sɛ morema wɔde Israel Nyankopɔn adaka no akɔ a, mommma wɔmmfa no hunu nnkɔ, na mmom momfa asodie afɔdeɛ nka ho nkɔ. Ɛno ansa na wɔbɛsa mo yadeɛ, na mobɛhunu deɛ enti a ne nsa mfiri mo soɔ yi. Na wɔkaa sɛ: Asodie afɔdeɛ bɛn na yɛmfa mma? Na wɔse: Momfa sika na wɔnyɛ no sɛ mpɔmpɔ nnum ne sika nkura nnum, sɛdeɛ Filistifoɔ asafohene ano sie, ɛfiri sɛ ɔhaw koro no ara na ɛwɔ mo nyinaa ne mo asafohene soɔ. Enti monyɛ mo mpɔmpɔ no nsɛsoɔ ne mo nkura a wɔsɛe mo asase no nsɛsoɔ, na momfa animuonyam mma Israel Nyankopɔn: Ebia ne nsa bɛyɛ hare afiri mo ne mo anyame ne mo asase so. Na adɛn nti na moyɛ mo akoma denden sɛdeɛ Misraimfoɔ ne Farao yɛɛ wɔn akoma denden no? Ɛnyɛ sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔn adeɛ wieeɛ no ansa na wɔregya wɔn kwan ama wɔakorɔ? Na afei monyɛ teaseɛnam foforɔ, na momfa anantwibereɛ mmienu a wɔma nufoɔ a kɔnnua nkɔɔ wɔn so da, na momfa anantwie no nsesa teaseɛnam no, na montete wɔn mma mfiri wɔn ho nkɔ fie; na momfa AWURADE adaka no nsi teaseɛnam no so, na momfa sika nnwinneɛ a mode rekɔyɛ asodie afɔdeɛ ama no no ngu adakawa mu mfa nsi nkyɛn, na monnya no kwan na ɛnkɔ. Na monhwɛ, sɛ ɛfa ɛno ara ne hyeɛ so kwan foro kɔ Bet-semes a, ɛnneɛ na ɔno na ɔyɛ yɛn bɔne kɛseɛ yi; na sɛ anyɛ saa a, na yɛahunu sɛ ɛnyɛ ɔno na ne nsa ha yɛn, na asiane bi na asiane yɛn. Na nnipa no yɛɛ saa, na wɔfaa anantwie mmienu a wɔma nufoɔ de wɔn sesaa teaseɛnam no, na wɔtoo wɔn mma mu wɔ efie; na wɔde AWURADE adaka no sii teaseɛnam no so, na wɔde adakawa a sika nkura ne wɔn mpɔmpɔ nsɛsoɔ no wɔ mu no kaa ho. Na anantwie no faa kwan tee kɔɔ Bet-semes kwan so; wɔnam ɔtempɔn koro so, na wɔrekorɔ no na wɔresu, na wɔammane ankɔ nifa anaa benkum; na Filistifoɔ asafohene no dii wɔn akyi kɔduruu Bet-semes hyeɛ so. Nso na Bet-semesfoɔ retwa wɔn ayuo bonhwa mu; na wɔmemaa wɔn ani so hunuu adaka no, na ne hunu no yɛɛ wɔn anigyeɛ. Na teaseɛnam no duruu Bet-semesni Yosua afuo mu na ɛgyinaa hɔ; nso na ɔbo kɛseɛ bi wɔ hɔ; na wɔpaepaee teaseɛnam no nnua, na wɔde anantwie no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE. Na Lewifoɔ no yii AWURADE adaka no ne adakawa a ɛka ho a sika nnwinneɛ no wɔ mu no sisii ɔbo kɛseɛ no so; na Bet-semesfoɔ no bobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na wɔkunkum okum afɔdeɛ da no ara maa AWURADE. Na Filistifoɔ asafohene baanum no hunuiɛ no, wɔsane kɔɔ Ekron da no ara. Na yeinom ne sika mpɔmpɔ a Filistifoɔ de yɛɛ asodie afɔdeɛ de brɛɛ AWURADE no: Asdod deɛ baako, Gasa deɛ baako, Askelon deɛ baako, Gat deɛ baako, Ekron deɛ baako; ne sika nkura no, sɛdeɛ Filistifoɔ nkuro a ɛyɛ asafohene baanum no deɛ ano sie no, ɛfiri nkuro a wɔatoto ho afasuo soɔ de kɔsi petee mu nkuraa so. Na adanseɛ ne ɔbo kɛseɛ a wɔde AWURADE adaka no sii soɔ no, na ɛwɔ Bet-semesni Yosua afuo mu bɛduru nnɛ da yi. Na ɔkumm Bet-semesfoɔ no mu bi sɛ wɔahwɛ AWURADE adaka no mu, na ɔkumm ɔman no mu nnipa aduɔson ne nnipa mpem aduonum. Na ɔman no dii abooboo sɛ AWURADE de ekum kɛseɛ akum ɔman no mu nnipa bie. Na Bet-semesfoɔ no kaa sɛ: Hwan na ɔbɛtumi agyina AWURADE, Onyankopɔn kronkronni yi anim, na hwan nkyɛn na ɔmfiri yɛn nkyɛn nkorɔ? Na wɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Kiriat- yearimfoɔ nkyɛn sɛ: Filistifoɔ de AWURADE adaka no aba, na mommɛfa nkɔ mo nkyɛn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Kiriat-yearimfoɔ ba bɛfaa AWURADE adaka no de foro kɔɔ Abinadab fie, kokoɔ no so, na wɔdwiraa ne ba Eleasa sɛ ɔnhwɛ AWURADE adaka no so. Na adaka no baa Kiriat-yearim no, ɛkyɛree wɔ hɔ; ɛdii mfirinhyia aduonu. Na Israel fie nyinaa dii abooboo hwehwɛɛ AWURADE akyiri kwan. Na Samuel ka kyerɛɛ Israel fie nyinaa sɛ: Sɛ mode mo akoma nyinaa resane aba AWURADE nkyɛn a, ɛnneɛ monyi ananafoɔ anyame ne Astarot no mfiri mo mu, na monsiesie mo akoma mma AWURADE, na monsom ɔno nko ara, na ɔbɛyi mo Filistifoɔ nsam. Ɛnna Israelfoɔ no yii Baalim ne Astarot, na wɔsomm AWURADE nko ara. Na Samuel kaa sɛ: Monhyia Israel nyinaa mmra Mispa, na memmɔ AWURADE mpaeɛ memma mo. Na wɔbɛhyiaa wɔ Mispa, na wɔsaa nsuo hwie guu AWURADE anim, na wɔdii abuada da no, na wɔkaa no ɛhɔ sɛ: Yɛayɛ AWURADE bɔne. Na Samuel buu Israelfoɔ atɛn Mispa. Na Filistifoɔ tee sɛ Israelfoɔ akɔhyia Mispa no, Filistifoɔ asafohene foro baa Israel so. Na Israelfoɔ teeɛ no, wɔsuroo Filistifoɔ no. Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Nnyae osu a woresu afrɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ama yɛn no, na ɔnnye yɛn mfiri Filistifoɔ nsam. Na Samuel faa odwanten ba a ɔnum de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mu maa AWURADE; na Samuel su frɛɛ AWURADE maa Israel, na AWURADE gyee no so. Na Samuel rebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, Filistifoɔ no twe pinii sɛ wɔne Israel rebɛko, na AWURADE paepaee aprannaa akɛseɛ guu Filistifoɔ no so da no, na ɔkaa wɔn gui maa wɔtotɔe Israel anim. Na Israel mmarima firii adi firii Mispa kɔpamm Filistifoɔ no, na wɔkunkumm wɔn ara kɔsii Bet-kar ase. Ɛnna Samuel faa ɔboɔ baako de sii Mispa ne Sen ntam, na ɔtoo no din Eben-eser kaa sɛ: Ɛha na AWURADE aboa yɛn abɛsie. Na wɔbrɛɛ Filistifoɔ no ase, na wɔankɔ so amma Israel hyeɛ mu bio; na AWURADE nsa daa Filistifoɔ so Samuel nna nyinaa mu. Na wɔdanee nkuro a Filistifoɔ agye no Israel nsam no maa Israel, ɛfiri Ekron kɔsi Gat, na ɛho asase nso, Israel gyee Filistifoɔ nsam. Na asomdwoeɛ baa Israelfoɔ ne Amorifoɔ ntam. Na Samuel buu Israel atɛn ne nkwa nna nyinaa. Na afe afe biara na ɔkyini kɔ Betel ne Gilgal ne Mispa, na ɔbu Israel nyinaa atɛn nkuro yi nyinaa mu. Na ɔsane ba Rama, na ɛhɔ na na ne fie wɔ, na ɔbu Israel atɛn hɔ; na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ maa AWURADE.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛberɛ a Samuel bɔɔ akora no, ɔde ne mma sisii Israel so atemmufoɔ. Na n’abakan din de Yoel, na deɛ ɔka ho no de Abiya; wɔyɛɛ atemmufoɔ wɔ Beer-seba. Nanso ne mma amfa n’akwan so, na wɔmane kɔdii mfasoɔ akyi, na wɔgyegyee adanmudeɛ, na wɔbubuu ntɛnkyea. Ɛnna Israel mpanimfoɔ nyinaa hyia baa Samuel nkyɛn wɔ Rama bɛka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woabɔ akora, na wo mma mfa w’akwan so. Afei si ɔhene ma yɛn na ɔnni yɛn so te sɛ amanaman nyinaa. Na asɛm no ansɔ Samuel ani sɛ wɔkaa sɛ: Ma yɛn ɔhene na ɔnni yɛn so no. Na Samuel bɔɔ AWURADE mpaeɛ. Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie deɛ ɔman no seɛ ne deɛ wɔka kyerɛ woɔ no nyinaa, ɛfiri sɛ ɛnyɛ wo na wɔapo woɔ, na me na wɔapo me, sɛ mennni wɔn so hene. Wɔn nneyɛɛ a wɔayɛ nyinaa firi da a meyii wɔn Misraim baeɛ de bɛduru nnɛ yi de agyaa me akɔsom anyame foforɔ no, saa ara na wɔreyɛ wo nso yi. Enti, afei tie wɔn; na kasa kyerɛ wɔn, na kyerɛ wɔn ɔhene a ɔbɛdi wɔn soɔ no atemmudeɛ. Na Samuel kaa AWURADE nsɛm no nyinaa kyerɛɛ ɔman no a wɔbisaa ne hɔ ɔhene no. Na ɔkaa sɛ: Yei ne ɔhene a ɔbɛdi mo soɔ no atemmudeɛ: Ɔbɛfa mo mmammarima de wɔn akɔ ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ mu, na wama wɔatu mmirika adi ne nteaseɛnam anim sɛ awɛmfoɔ, na ɔde wɔn asisi mpempem so asafohene ne aduonum so asafohene afa, na wama wɔadɔ n’asase na wɔatwa ne nnɔbaeɛ, na wɔayɛ n’akodeɛ ne ne nteaseɛnam ho adeɛ. Na ɔbɛfa mo mmammaa ayɛ adufrafoɔ ne soodofoɔ ne paanootofoɔ. Na ɔbɛfa mo mfuo ne mo bobe nturo mu deɛ ɛyɛ de ama ne nkoa. Na ɔbɛgye mo ayufuo ne bobe nturo mu aba mu ntotosoɔ du du de ama gyaasefoɔ ne ne nkoa. Na ɔbɛfa mo nkoa ne mo mfenaa, ne mo mmeranteɛ a wɔn ho tua wɔn ho, ne mo mfunumu de ayɛ n’adwuma. Ɔbɛgye mo nnwan mu ntotosoɔ du du. Na mobɛyɛ ne nkoa. Na da no, mo hene a moayi no adi mo soɔ no nti mobɛsu afrɛ, nanso AWURADE remmua mo da no. Na ɔman no ampene sɛ wɔtie Samuel, na wɔkaa sɛ: Dabi, na ɔhene ara na ɔnni yɛn soɔ, na yɛn nso yɛnyɛ sɛ amanaman nyinaa, na yɛn hene no mmu yɛn atɛn, na ɔmfiri adi nni yɛn anim nni ako mma yɛn. Na Samuel tee ɔman no nsɛm nyinaa no, ɔka guu AWURADE aso mu. Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie wɔn, na si hene ma wɔn. Na Samuel ka kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ: Monkɔ mo nkuro mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Benyaminni bi wɔ hɔ a ne din de Kis a ɔyɛ Benyamin aseni, Afia ba, Bekorat ba, Seror ba, Abiel ba, ɔbarima a ɔyɛ ɔdefoɔ. Na ɔwɔ ɔbabarima bi a ne din de Saulo, aberanteɛ a ne ho yɛ fɛ. Na Israelfoɔ mu biara nsene no ahoɔfɛ. Ɛfiri ne mmatiri so rekorɔ no, ɔware sene obiara, ɔman no mu. Na Saulo agya Kis mfunumu yerae. Na Kis ka kyerɛɛ ne ba Saulo sɛ: Fa asomfoɔ no mu baako ka wo ho, na sɔre kɔhwehwɛ mfunumu no. Na wɔkɔfaa Efraim bepɔ so, na wɔfaa Salisa asase so, nanso wɔanhu wɔn; na wɔfaa Saalim asase so, nanso na wɔnni hɔ; na wɔfaa Benyamin asase so, nanso wɔanhu wɔn. Na wɔduruu Suf asase soɔ no, Saulo ka kyerɛɛ abɔfra a ɔka ne ho no sɛ: Bra ma yɛnsane nkɔ, na m’agya annyae mfunumu no deɛ ammɛdi yɛn ho dadwene. Nanso ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Nyankopɔn nipa bi wɔ kuro yi mu, na ɔyɛ onipa a n’anim yɛ nyam, deɛ ɔka nyinaa ba mu. Ma yɛnkɔ hɔ, ebia ɔbɛka yɛn ɔkwan a yɛrekorɔ yi ho asɛm bi akyerɛ yɛn. Na Saulo bisaa ne somfoɔ no sɛ: Hwɛ, yɛkɔ a, ɛdeɛn na yɛde bɛkɔ akɔma ɔbarima no? Na paanoo asa wɔ yɛn adeɛ mu, na ayɛyɛdeɛ biara nni hɔ a yɛde rekɔma Nyankopɔn nipa no; ɛdeɛn na yɛwɔ? Na abɔfra no buaa Saulo bio sɛ: Hwɛ, mekura dwetɛ dwetɛbena abupɛn nnan mu baako, na mede bɛma Nyankopɔn nipa no, na wakyerɛ yɛn yɛn kwan. (Akane no, Israel, sɛ obi rekɔbisa Nyankopɔn hɔ adeɛ a, ɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ ɔdehunufoɔ no nkyɛn; na deɛ nnɛ wɔfrɛ no odiyifoɔ no, akane no na wɔfrɛ no ɔdehunufoɔ). Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ n’abɔfra no sɛ: Ɔsɛmpa, bra ma yɛnkɔ. Na wɔkɔɔ kuro a Nyankopɔn nipa no wɔ mu no mu. Na wɔreforo kuro no aforoeɛ no, wɔhunuu mmabaa a wɔrefiri abɛsa nsuo. Na wɔbisaa mmabaa no sɛ: Ɔdehunufoɔ no wɔ hɔ anaa? Na wɔbuaa wɔn sɛ: Ɔwɔ hɔ, hwɛ, ɔwɔ w’anim ha yi ara. Yɛ ntɛm, na ɛnnɛ waba kuro no mu, na ɔman no bɔ afɔdeɛ nnɛ, sorɔnsorɔnbea hɔ. Moduru kuro no mu ara pɛ a, mobɛhu no ansa na wakɔ sorɔnsorɔnbea hɔ akɔdidi; ɛfiri sɛ ɔman no nnidi kɔsi sɛ ɔbɛba, na ɔno na ɔhyira afɔdeɛ no soɔ ansa na wɔn a wɔahyia wɔn no adidi. Enti momforo nkɔ, na berɛ yi ara na mobɛhu no. Na wɔforo kɔɔ kuro no mu. Wɔduruu kuro no mu no, hwɛ, na Samuel refiri adi abɛhyia wɔn aforo akɔ sorɔnsorɔnbea hɔ. Nso na AWURADE ayi Samuel asotire da koro ansa na Saulo reba sɛ: Ɔkyena sɛsɛɛ berɛ yi mu mɛsoma ɔbarima bi afiri Benyamin asase so aba wo nkyɛn, na sra no ngo si no me man Israel so hene, na ɔnnye me man mfiri Filistifoɔ nsam; na mahunu me man, ɛfiri sɛ wɔn su aduru me nkyɛn. Na Samuel hunuu Saulo no, AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, onipa a mesee wo sɛ ɔbɛdi me man soɔ no nie. Na Saulo twe pinii Samuel kuro pono no ano kaa sɛ: Mesrɛ wo, kyerɛ me deɛ ɔdehunufoɔ no fie wɔ. Na Samuel buaa Saulo sɛ: Mene ɔdehunufoɔ no. Foro di m’anim kɔ sorɔnsorɔnbea hɔ, na mo ne me bɛdidi nnɛ, na adeɛ kye a, magya mo kwan; na mɛka wo deɛ ɛwɔ w’akomam nyinaa. Na wo mfunumu a wɔyeraa nnansa ne nnɛ no deɛ, mfa w’adwene nto so, na wɔahu wɔn. Na hwan na Israel aboɔdenneɛ nyinaa wɔ no? Ɛnyɛ wo ne w’agya fie nyinaa dea anaa? Na Saulo buaa sɛ: Ɛnyɛ Benyaminni ne me na memfiri Israel mmusuakuo mu ketewa no mu, na ɛnyɛ m’abusua ne Benyamin abusuakuo mu mmusua nyinaa mu ketewa anaa? Na adɛn nti na woka saa asɛm yi kyerɛ me? Na Samuel faa Saulo ne ne somfoɔ no, na ɔde wɔn kɔɔ adidiiɛ, na ɔmaa wɔn atenaeɛ wɔ wɔn a wɔahyia wɔn no ti: Wɔbɛyɛ nnipa aduasa. Na Samuel ka kyerɛɛ osoodoni no sɛ: Fa nankum a mesee wo sɛ fa sie no bra. Na soodoni no kɔfaa ɔsrɛ ne deɛ ɛwɔ ho no de bɛsii Saulo anim; na Samuel kaa sɛ: Hwɛ, deɛ wɔagya nie; fa si w’anim di, ɛfiri sɛ wɔde asie ama wo berɛ a wo ne ɔman no bɛdidie. Na Saulo ne Samuel didii da no. Na wɔfiri sorɔnsorɔnbea hɔ siane baa kuro no mu, na ɔne Saulo kasaa ɛdan atifi. Na wɔsɔree nhema; na adeɛ rekye no, Samuel frɛɛ Saulo ɛdan atifi sɛ: Sɔre na mennya wo kwan. Na Saulo sɔree, na wɔn baanu no, ɔno ne Samuel, firii adi. Wɔsiane kɔduruu kurotia no, Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Ka kyerɛ aberanteɛ no na ɔmmɛsene nni yɛn anim nkɔ, na ɔsene kɔ a; wo deɛ, gyina ha na menka wo nhyehyɛɛ a Onyankopɔn wɔ ma wo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna Samuel faa ngo toa hwie guu n’atifi, na ɔfee n’ano kaa sɛ: Ɛnyɛ sra na AWURADE asra wo asi n’agyapadeɛ so hene ne ɔman Israel so anaa? Na wobɛdi AWURADE nkurɔfoɔ so hene, na woagye wɔn afiri wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsam. Na yei bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama wo sɛ AWURADE asi wo hene wɔ n’agyapadeɛ so. Wofiri me nkyɛn nnɛ rekorɔ yi, wobɛto mmarima baanu wɔ Selsa, Rahel da so, Benyamin hyeɛ so, na wɔbɛka akyerɛ wo sɛ: Mfunumu a wokɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn, na hwɛ, w’agya agyae mfunumu no ho dwene, na mo so na ne dadwen abɛsie sɛ: Menyɛ dɛn me ba yi ho? Na wofiri hɔ kɔ w’anim, na woduru Tabor dupɔn no ho a, mmarima baasa a wɔrekɔ Nyankopɔn nkyɛn Betel bɛhyia wo hɔ, ɔbaako so mmirekyie mmiɛnsa, na ɔbaako so paanoo mua mmiɛnsa, na ɔbaako so bobesa ahina ma. Na wɔbɛkyea wo, na wɔama wo paanoo mmienu na woagye wɔ wɔn nsam. Ɛno akyiri no, wobɛduru Gibea-elohim, wɔ deɛ Filistifoɔ bansifoɔ wɔ no; na ɛbɛba sɛ woduru kuro no mu hɔ a, wobɛhyia adiyifoɔ asafo a wɔresiane afiri sorɔnsorɔnbea hɔ, na bɛnta ne mpintin ne mmɛn ne asankuo di wɔn anim; na wɔrehyɛ nkɔm. Na AWURADE honhom bɛsi wo so, na wo ne wɔn ahyɛ nkɔm, na woadane ayɛ onipa foforɔ. Na sɛ nsɛnkyerɛnneɛ yi ba mu ma wo a, yɛ deɛ wo nsa bɛso soɔ fa, na Onyankopɔn di w’akyi. Na di m’anim siane kɔ Gilgal, na hwɛ, me nso meresiane maba wo nkyɛn mabɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Tena hɔ twɛn nnanson kɔsi sɛ mɛba wo nkyɛn mabɛkyerɛ wo deɛ yɛ. Na ɔdanee ne ho sɛ ɔrefiri Samuel nkyɛn akorɔ no, Onyankopɔn maa no akoma foforɔ; na nsɛnkyerɛnneɛ yi nyinaa baa mu da no ara. Na wɔduruu kokoɔ no so hɔ no, hwɛ, adiyifoɔ asafo bɛhyiaa no, na Nyankopɔn honhom bɛsii ne so, na ɔhyɛɛ nkɔm wɔ wɔn mu. Na wɔn a wɔni no kane no nyinaa hunuu no sɛ ɔrehyɛ nkɔm adiyifoɔ mu no, nkurɔfoɔ no sesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ɛdeɛn ne deɛ ayɛ Kis ba no yi? Saulo nso fra adiyifoɔ no mu anaa? Na obi a ɔfiri hɔnom buaa sɛ: Na wɔn kannifoɔ ne hwan? Enti ɛdanee abebusɛm sɛ: Saulo nso fra adiyifoɔ no mu anaa? Na ɔwiee nkɔmhyɛ no, ɔbaa sorɔnsorɔnbea hɔ. Na Saulo agya nua bisaa no ne somfoɔ no sɛ: Ɛhe na mokɔeɛ? Na ɔse: Yɛkɔhwehwɛɛ mfunumu no na yɛhunuu sɛ wɔnni hɔ no, yɛkɔɔ Samuel nkyɛn. Na Saulo agya nua no kaa sɛ: Ka me deɛ Samuel ka kyerɛɛ mo no! Na Saulo ka kyerɛɛ n’agya nua no sɛ: Ɔkaa no pefee kyerɛɛ yɛn sɛ wɔahunu mfunumu no. Na ahennie no ho asɛm a Samuel kaeɛ no deɛ, wanka ankyerɛ no. Na Samuel hyiaa ɔman no baa AWURADE nkyɛn Mispa. Na ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛdeɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Me na meyii Israel firi Misraim baeɛ, na megyee mo Misraim nsam ne ahennie a ɛhyɛɛ mo soɔ nyinaa nsam. Na mo deɛ, ɛnnɛ moapo mo Nyankopɔn a ɔne deɛ ɔgyee mo mo amaneɛ ne mo ahohia nyinaa mu no, na mose no sɛ: Dabi, na si yɛn so hene. Na afei mommɛgyina AWURADE anim sɛdeɛ mo mmusuakuo ne mo mpempem dodoɔ teɛ. Na Samuel maa Israel mmusuakuo no nyinaa twe pinii, na wɔtwee ntoto maa ɛbɔɔ Benyamin abusuakuo. Na ɔmaa Benyamin abusuakuo no pinkyɛe, sɛdeɛ ne mmusua no teɛ; na wɔtwee ntonto maa ɛbɔɔ Matri abusua, na ɛbɔɔ Kis ba Saulo. Nanso wɔhwehwɛɛ no no, wɔanhu no. Na wɔkɔbisaa AWURADE bio sɛ: Onipa no bɛnya aba anaa? Na AWURADE se: Hwɛ, wakɔhunta nnoɔma no mu. Na wɔtutuu mmirika kɔfaa no firii hɔ. Na ɔbɛgyinaa ɔman no mu no, na ɔware sene ɔman no nyinaa firi ne mmatiri so kɔ soro. Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Monhwɛ deɛ AWURADE ayi no, na obiara nte sɛ ɔno, ɔman yi nyinaa mu. Na ɔman no nyinaa bɔɔ ose sɛ: Ɔhene tiri nkwa! Ɛnna Samuel kaa ahennie no ho nhyehyɛɛ kyerɛɛ ɔman no, na ɔtwerɛ hyɛɛ nwoma mu de too AWURADE anim. Na Samuel gyaa ɔman no nyinaa kwan maa wɔkɔɔ wɔn afie. Na Saulo nso kɔɔ ne fie Gibea, na ɛdɔm no mu akokoɔdurufoɔ binom a Onyankopɔn aka wɔn akoma no ne no kɔe. Na nnipa hunu bi kaa sɛ: Oyi bɛyɛ dɛn na wagye yɛn? Na wɔbuu no animtia, na wɔamfa ayɛyɛdeɛ ammrɛ no. Na ɔyɛɛ sɛ deɛ ɔnteɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Amonni Nahas foro ba bɛkyeree Yabes-gilead so nsraban. Na Yabes mmarima nyinaa ka kyerɛɛ Nahas sɛ: Ɛne yɛn mpam na yɛnsom wo. Na Amonni Nahas no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ansa na me ne mo bɛpam no, gye sɛ metutu mo ani nifa nyinaa na mede mayɛ ahohora mato Israel nyinaa so. Na Yabes mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Ma yɛn nnanson, na yɛnsomasoma abɔfoɔ nkɔ Israel ahyeɛ nyinaa so, na sɛ obi nni hɔ a ɔbɛgye yɛn a, yɛafiri adi aba wo nkyɛn. Ɛnna abɔfoɔ no baa Gibea, faako a Saulo firi bɛkaa asɛm no ɔman no aso mu; na ɔman no nyinaa memaa wɔn nne so sui. Na hwɛ, na Saulo di anantwie akyi firi afuo mu reba; na Saulo kaa sɛ: Ɛdeɛn na ayɛ ɔman yi na wɔresu yi? Na wɔkaa Yabesfoɔ nsɛm no kyerɛɛ no. Na Saulo tee nsɛm yi no, AWURADE honhom sii ne so, na ne bo fuu kɛse. Na ɔfaa anantwie mpamho twitwaa wɔn asinasini de hyehyɛɛ abɔfoɔ no nsa soma maa wɔkɔɔ Israel asase nyinaa so kɔkaa sɛ: Obiara a wamfiri adi ammɛdi Saulo ne Samuel akyire no, sɛ wɔbɛyɛ n’anantwie nie. Ɛnna AWURADE ho hu tɔɔ ɔman no soɔ, na wɔfiri baa sɛ onipa baako. Na ɔkan wɔn Besek, na Israelfoɔ no ano si mpem ahasa, na Yuda mmarima si mpem aduasa. Na wɔka kyerɛɛ abɔfoɔ a wɔbaeɛ no sɛ: Sei na monkɔka nkyerɛ Yabes-gileadfoɔ no nie: Ɔkyena a owia mu reyɛ den no, mobɛnya ɔgyeɛ. Na abɔfoɔ no ba bɛka kyerɛɛ Yabesfoɔ no, wɔn ani gyee. Na Yabesfoɔ no kaa sɛ: Ɔkyena yɛbɛfiri adi aba mo nkyɛn, na moayɛ yɛn sɛdeɛ ɛyɛ mo ani soɔ nyinaa. Na adeɛ kyeeɛ no, Saulo buu ɔman no mu asafokuo mmiɛnsa na wɔkɔɔ nsraban no mu anɔpa dasuo mu, na wɔkunkumm Amon kɔduruu awia ketee. Na wɔn a ɛkaeɛ no bɔ petee a anka wɔn mu baanu mpo wɔ faako. Ɛnna ɔman no ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Hwan na ɔkaa sɛ: Saulo na ɔrebɛdi yɛn so hene yi, no? Fa nnipa no bra ma yɛnku wɔn. Na Saulo kaa sɛ: Wɔnnkum obiara nnɛ da yi, ɛfiri sɛ ɛnnɛ AWURADE ayɛ nkwagyedeɛ Israel mu. Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mommra mma yɛnkɔ Gilgal, na yɛnkɔyɛ ahennie no foforɔ wɔ hɔ. Na ɔman no nyinaa kɔɔ Gilgal, na wɔkɔsii Saulo hene AWURADE anim wɔ Gilgal; na wɔbobɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ AWURADE anim wɔ hɔ. Na Saulo ne Israel mmarima nyinaa ani gyee hɔ sɛ biribi.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Samuel ka kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: Hwɛ, matie mo, sɛdeɛ moka kyerɛɛ me no nyinaa, na masi mo so hene. Na afei, hwɛ, ɔhene no na ɔdi mo anim yi. Na me deɛ, mabɔ akora na mafu dwono, na me mma nso, hwɛ, wɔne mo na ɛwɔ hɔ; na me deɛ, mefiri me mmɔfraase na manante mo anim mabɛduru nnɛ da yi. Hwɛ, menie, monni me adanseɛ AWURADE ne deɛ wasra no yi anim, hwan nantwie na mafa? Na hwan afunumu na mafa? Na hwan na madi no amim? Na hwan na mahyɛ ne soɔ anaa hwan hɔ na magye adanmudeɛ na mede mamua m’ani mama no? Na mennane memma mo. Na wɔse: Wonnii yɛn amim, na wonhyɛɛ yɛn so, na wonnyee obiara hɔ biribiara. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE ne mo danseni, na deɛ wasra no yi ne ɔdanseni nnɛ, sɛ moanhunu biribiara me nsam. Na wɔkaa sɛ: Ɔne danseni. Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Ɛyɛ AWURADE a ɔyii Mose ne Aaron na ɔde mo agyanom firii Misraim asase so bae no. Na afei mommɛgyina ha, na memmɔ mo soboɔ AWURADE anim, AWURADE teneneedeɛ a wayɛ ama mo ne mo agyanom nyinaa ho: Ɛberɛ a Yakob kɔɔ Misraim na Misraimfoɔ hyɛɛ wɔn soɔ no, mo agyanom su frɛɛ AWURADE, na AWURADE somaa Mose ne Aaron na wɔyii mo agyanom firii Misraim maa wɔbɛtenaa ha yi. Nanso wɔn werɛ firii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Hasor sahene Sisera nsa ne Filistifoɔ nsa ne Moabhene nsa, na wɔne wɔn bɛkoe. Na wɔsu frɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ bɔne sɛ yɛagya AWURADE hɔ akɔsom Baalim ne Astarot, na afei yi yɛn firi yɛn atamfoɔ nsam, na yɛbɛsom wo. Na AWURADE somaa Yerubaal, Bedan, Yefta ne Samuel, na ɔyii mo firi mo atamfoɔ nsam hyia maa motenaa ase dwoodwoo. Na mohunuu sɛ Amonfoɔ hene Nahas reba mo soɔ no, moka kyerɛɛ me sɛ: Dabi, na ɔhene mmɛdi yɛn so, berɛ a na AWURADE mo Nyankopɔn ne mo hene. Na afei, hwɛ, ɔhene a moyiiɛ a mosrɛɛ no no nie, na hwɛ, AWURADE asi mo so hene. Sɛ mosuro AWURADE na mosom no na motie no, na moante AWURADE anomu asɛm so atua na mo ne ɔhene a ɔdi mo soɔ no nyinaa redi AWURADE mo Nyankopɔn akyi a, anka ɛyɛ. Na sɛ moantie AWURADE na mote AWURADE anomu asɛm so atua a, ɛnneɛ AWURADE nsa bɛda mo so sɛdeɛ ɛdaa mo agyanom soɔ no. Afei nso mommɛgyina ha nhwɛ adeɛ kɛseɛ a AWURADE rebɛyɛ mo anim yi. Ɛnyɛ ayuotwa berɛ ne nnɛ? Mɛfrɛ AWURADE na wama aprannaa ne osuo aba, na moahwɛ ahunu sɛ mo bɔne a moayɛ AWURADE anim ne sɛ moabisa ɔhene afa no so. Ɛnna Samuel frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa aprannaa ne osuo baa da no. Na ɔman no nyinaa suroo AWURADE ne Samuel sɛ. Na ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpaeɛ ma wo nkoa, na yɛanwu, ɛfiri sɛ yɛde bɔne yi aka yɛn bɔne nyinaa ho, sɛ yɛabisa ɔhene afa. Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnsuro; moayɛ bɔne yi nyinaa deɛ, nanso AWURADE akyi na monnsane mmfire, na momfa mo akoma nyinaa nsom AWURADE. Na mommmane nnkɔdi ade hunu a mfasoɔ ne ɛgyeɛ nni ho no akyi, na ɛyɛ ade hunu. Na AWURADE din kɛseɛ no nti ɔrempa ne man, na ɛsɔ AWURADE ani sɛ ɔde mo bɛyɛ ne man; me nso, ɛmpare me sɛ mɛgyae mo ho mpaebɔ de ayɛ AWURADE bɔne; na mɛkyerɛ mo kwan pa a ɛtene no. Suro nko na monsuro AWURADE, na momfa mo akoma nyinaa nsom no nokorɛ mu. Na monhwɛ adeɛ kɛseɛ a wayɛ ama mo no. Na sɛ bɔne ara na mobɛyɛ a, ɛnneɛ wɔbɛsesa mo ne mo hene nyinaa akɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Saulo bɛdii hene na wadi bɛboro mfirinhyia aduasa. Na ɔdii Israel so hene mfeɛ mmienu no, ɔyii Israel mu nnipa mpensa fae. Na wɔn mu mpennu wɔ Saulo nkyɛn, Mikmas ne Betel bepɔ so, na apem wɔ Yonatan nkyɛn Gibea-benyamin; na ɔman a aka no, ɔgyaa wɔn kwan maa wɔkɔɔ wɔn ntomadan mu. Na Yonatan kaa Filistifoɔ bansifoɔ a wɔwɔ Geba no gui; na Filistifoɔ teeɛ. Ɛnna Saulo hyɛnee totorobɛnto asase no nyinaa soɔ sɛ: Momma Hebrifoɔ nte! Na Israel nyinaa tee sɛ Saulo aka Filistifoɔ bansifoɔ no agu, ɛne sɛdeɛ Israel ama wɔn ho ayɛ Filistifoɔ ahi. Na wɔhyiahyiaa ɔman no boaa ano, Saulo nkyɛn wɔ Gilgal. Na Filistifoɔ boaboaa wɔn ano sɛ wɔne Israel rebɛko: Nteaseɛnam mpem aduasa ne apɔnkɔfoɔ mpemnsia ne dɔm a ne dodoɔ te sɛ mpoano anwea. Na wɔforo ba bɛkyeree nsraban Mikmas, Bet-awen apueeɛ. Na Israel mmarima no hunuu sɛ ɛredene wɔn, (ɛfiri sɛ wɔhyɛɛ ɔman no ahometeɛ), na ɔman no huntahuntaa abodan ne amena ne abotan ne aboda ne mmura mu. Na Hebrifoɔ no bi twaa Yordan kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Na Saulo da so wɔ Gilgal, na ɔman no nyinaa de ahopopoɔ dii n’akyi. Na ɔtwɛnee nnanson a ɛyɛ berɛ a Samuel hyɛeɛ no; nanso Samuel amma Gilgal, na ɔman no firii ne ho hwetee. Ɛnna Saulo kaa sɛ: Momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no mmrɛ me. Na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no. Na hwɛ, ɔwiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ ara pɛ, na Samuel baeɛ; na Saulo firii adi sɛ ɔrekɔhyia no akyea no. Ɛnna Samuel kaa sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ yi? Na Saulo se: Mehunuu sɛ ɔman no refiri me ho ahwete, na wo nso woamma berɛ a wohyɛeɛ no, na Filistifoɔ aboa wɔn ano Mikmas, ɛnna mese: Afei Filistifoɔ bɛsiane aba me so Gilgal, nso mennya menyii AWURADE mpaeɛ, enti na mehyɛɛ me ho mebɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no. Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Woadi nkwaseasɛm, woanni AWURADE wo Nyankopɔn mmara asɛm a ɔhyɛɛ woɔ no so. Na anka afei na AWURADE rebɛma w’ahennie atim Israel so daa: Na afei w’ahennie rennyina. AWURADE bɛhwehwɛ n’akoma so barima afa, na AWURADE asi ne man so hene, ɛfiri sɛ woanni deɛ AWURADE hyɛɛ woɔ no so. Na Samuel sɔre firii Gilgal kɔɔ Gibea-benyamin. Na Saulo kan ɛdɔm a wɔne no wɔ hɔ no, mmarima bɛyɛ ahansia. Na Saulo ne ne ba Yonatan ne ɛdɔm a wɔne wɔn wɔ hɔ no tenaa Gibea-benyamin, nso na Filistifoɔ akyere nsraban wɔ Mikmas. Na afomfafoɔ akuo mmiɛnsa firi Filistifoɔ nsram bae: Asafokuo baako te faa Ofra kwan so kɔɔ Sual asase so; na asafokuo baako te faa Bet-horon kwan so, na asafokuo baako nso te faa ɛhyeɛ a ɛkyerɛ Seboim bonhwa no kwan so kɔɔ ɛserɛ so fam. Nanso na ɔtomfoɔ biara nni Israel asase no so baabiara, ɛfiri sɛ Filistifoɔ kaa sɛ: Anyɛ saa a, Hebrifoɔ bɛbɔ nkrantɛ ne mpea. Na na Israel nyinaa siane kɔ Filistifoɔ nkyɛn kɔse wɔn funtum nnadeɛ ne wɔn nsɔ ne wɔn nkuma ne wɔn kantankrankyi; na wɔgye funtum nnadeɛ ne nsɔsɔ no biara ho dwetɛbena abupɛn mmiɛnsa mu baako, na wɔse nkuma anaa wɔsiesie nnadeɛ a wɔde ka mmoa nso a, wɔgye dwetɛbena abupɛn mmiɛnsa mu baako mmɔho. Na koda no, wɔanhunu nkrantɛ anaa pea ɛdɔm a wɔne Saulo ne Yonatan wɔ hɔ no mu biara nsam gye Saulo ne ne ba Yonatan nsam na wɔhunuu bie. Na Filistifoɔ bansifoɔ no firii adi kɔɔ Mikmas tempɔn kwan so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na da bi Saulo ba Yonatan ka kyerɛɛ n’abɔfra a ɔkura n’akodeɛ no sɛ: Bra ma yɛnkɔ Filistifoɔ bansifoɔ a wɔwɔ nohoa no ho. Nanso wanka ankyerɛ n’agya. Na Saulo te Gibea kurotia, atoaa dua a ɛwɔ Migron no ase, na ɛdɔm a na wɔne no wɔ hɔ no bɛyɛ mmarima ahansia. Na Ahiya a ɔyɛ AWURADE sɔfoɔ Eli a ɔtenaa Silo no ba Pinehas ba Ikabod nua Ahitub ba hyɛ asɔfotadeɛ no. Na ɔman no nnim sɛ Yonatan kɔ. Na tempɔn kwan a Yonatan pɛ sɛ ɔfa so kɔ Filistifoɔ bansifoɔ no soɔ no, ɔbotan a ano yɛ nnam wɔ ɔfa ha na ɔbotan a ano yɛ nnam nso wɔ ɔfa ha; baako din de Boses na baako din de Sene; baako ano kyerɛ atifi fam Mikmas ntentensoɔ, na baako ano kyerɛ anafoɔ fam Geba ntentensoɔ. Na Yonatan ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔkura n’akodeɛ no sɛ: Bra ma yɛntwam nkɔ momonotofoɔ bansifoɔ yi ho, ebia AWURADE bɛdi ama yɛn, na biribiara nsi AWURADE kwan sɛ ɔde ade bebree anaa ketewa bɛgye nkwa. Na n’akodeɛkurani no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ deɛ ɛwɔ w’akomam nyinaa; dane wo ho, hwɛ, meka wo ho sɛdeɛ w’akoma pɛ. Ɛnna Yonatan kaa sɛ: Hwɛ, yɛrebɛtwam akɔ nnipa no ho akɔyi yɛn ho akyerɛ wɔn, na sɛ wɔka kyerɛ yɛn sɛ: Monnyina hɔ na yɛmmra mo nkyɛn a, ɛnneɛ yɛbɛgyina yɛn gyinabea na yɛremforo nkɔ wɔn nkyɛn. Na sɛ wɔka sɛ: Momforo mmra yɛn so a, ɛnneɛ yɛbɛforo akɔ, ɛfiri sɛ AWURADE de wɔn ahyɛ yɛn nsa, na yei bɛyɛ yɛn nsɛnkyerɛnneɛ. Na wɔn baanu no yiyii wɔn ho kyerɛɛ Filistifoɔ bansifoɔ no. Na Filistifoɔ no kaa sɛ: Hwɛ, Hebrifoɔ no refiri adi afiri ntokuro a wɔhuntahuntaa mu no mu. Na nsraban no mufoɔ buaa Yonatan ne n’akodeɛkurani no sɛ: Momforo mmra yɛn nkyɛn na yɛnkyerɛ mo biribi. Na Yonatan ka kyerɛɛ n’akodeɛkurani no sɛ: Foro di m’akyi, na AWURADE de wɔn ahyɛ Israel nsa. Na Yonatan de ne nsa ne ne nan foroe, na n’akodeɛkurani no dii n’akyi, na wɔtotɔɔ Yonatan anim, na n’akodeɛkurani no kunkumm dii n’akyi. Na nnipa a ɛdi kan a Yonatan ne n’akodeɛkurani kumm wɔn no bɛyɛ nnipa aduonu, wɔ mpasua a ɛbɛyɛ anantwie mpamho funtum kwan fa so. Na ehu baa nsraban no mu, petee mu ne ɛdɔm no nyinaa mu; bansifoɔ no ne fomfafoɔ no nso ehu kaa wɔn, na asase no wosoe; na ɛyɛɛ ehu kɛse pa ara. Na Saulo awɛmfoɔ a wɔwɔ Gibea-benyamin no hwɛe, na hwɛ, na nnipakuo no rehwete fa ha sene ha. Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ ɛdɔm a wɔne no wɔ hɔ no sɛ: Monkan na monhunu deɛ wafiri yɛn mu korɔ. Na wɔkanee, na hwɛ, na Yonatan ne n’akodeɛkurani nni hɔ. Na Saulo ka kyerɛɛ Ahiya sɛ: Kɔfa Nyankopɔn adaka no bra. Nso ɛda no na Nyankopɔn adaka no wɔ Israelfoɔ no nkyɛn. Na Saulo ne ɔsɔfoɔ no rekasa no, Filistifoɔ nsram kitikitiyɛ no kɔɔ so dɔɔso ara. Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ no sɛ: Twe wo nsa! Na Saulo ne ɛdɔm a wɔka ne ho no nyinaa hyia boaa ano kɔɔ nsraban no mu, na hwɛ, na wɔn nyinaa de nkrantɛ reko tia wɔn ho, na ɛyɛ kitikiti kɛseɛ pa ara. Nso Hebrifoɔ a na wɔka Filistifoɔ no ho kane a wɔne wɔn foro baa nsraban no mu firi asase a atwa ahyia no soɔ no, wɔn nso bɛkaa Israelfoɔ a wɔka Saulo ne Yonatan ho no ho. Na Israelfoɔ a wɔkɔhuntahuntaa Efraim bepɔ soɔ no nyinaa tee sɛ Filistifoɔ adwane no, wɔn nso tu saa wɔn ne wɔn koeɛ. Ɛno nti AWURADE gyee Israel da no; na wɔkoeɛ ara kɔtwaa mu Bet-awen. Na ɛdenee Israel mmarima da no; na Saulo kaa ɔman no ntam sɛ: Nnome nka obiara a ɔbɛdidie ansa na onwunu adwoɔ, na mentɔ m’atamfoɔ so were. Enti ɔman no mu, obiara amfa aduane anka n’ano. Na ɔman no nyinaa duruu kwaeɛ bi mu no, na ɛwoɔ wɔ fam. Na ɔman no duruu kwaeɛ no mu no, na hwɛ, ɛwoɔ resosɔ; nanso obiara amfa ne nsa ankɔ n’ano, ɛfiri sɛ ɔman no suro ntam no. Nso Yonatan deɛ, n’agya reka ɔman no ntam no, wante; na ɔde poma a na ɔkura no ano kaa ɛwoɔ no bi, na ɔde ne nsa kɔɔ n’ano, na n’ani so tetee no. Na nkurɔfoɔ no mu baako kaa sɛ: W’agya aka dɔm no ntam sɛ: Nnome nka obiara a ɔbɛdidi nnɛ; nso na nkurɔfoɔ no retɔ piti. Na Yonatan kaa sɛ: M’agya aha asase yi. Monhwɛ sɛ mekaa ɛwoɔ yi kakra mehwɛeɛ yi, m’ani so atete me; na sɛ anka ɛdɔm yi dii wɔn atamfoɔ asadeɛ a wɔnyaeɛ no bi ɛ! Afei anka ɔkum kɛseɛ na Filistifoɔ kum no bɛyɛ. Na wɔkum Filistifoɔ no da no firi Mikmas kɔduruu Ayalon; na ɛdɔm no tɔɔ piti sɛ. Na ɛdɔm no to kɔhyɛɛ asadeɛ no so, na wɔfaa nnwan ne anantwie ne anantwie mma kunkumm wɔn ɛfam, na ɛdɔm no dii no mogya mu. Na wɔka kyerɛɛ Saulo sɛ: Hwɛ, ɛdɔm no reyɛ AWURADE bɔne sɛ wɔdi no mogya mu. Na ɔkaa sɛ: Moafom, mommuni ɔbo kɛseɛ mmrɛ me nnɛ. Na Saulo kaa sɛ: Monhwete nkɔ ɛdɔm no mu nkɔka nkyerɛ wɔn sɛ: Momfa mo anantwie ne mo nnwan mmra me nkyɛn mmɛku wɔn ha nni, na monnyɛ AWURADE bɔne sɛ mobɛdi no mogya mu. Na ɛdɔm no nyinaa kurakura wɔn anantwie bae anadwo no bɛkunkum wɔn hɔ. Na Saulo sii afɔrebukyia maa AWURADE. Ɛno ne afɔrebukyia a ɛdi kan a ɔsi maa AWURADE. Na Saulo kaa sɛ: Momma yɛnsiane nkɔti Filistifoɔ no anadwo yi, na yɛmfom wɔn mfa nkɔduru anɔpa, na yɛannya wɔn mu nipa baako mpo. Na wɔkaa sɛ: Deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ nyinaa yɛ! Na ɔsɔfoɔ no kaa sɛ: Momma yɛntwe mpini Onyankopɔn wɔ ha. Na Saulo bisaa Onyankopɔn sɛ: Mensiane menti Filistifoɔ no anaa? Wode wɔn bɛhyɛ Israel nsa anaa? Na wammua no da no. Ɛnna Saulo kaa sɛ: Mo ɛdɔm mu atitire nyinaa, montwe mpini ha, na monhwɛ nhunu adekodeɛ a enti bɔne yi aba nnɛ. Na sɛ AWURADE a ɔgye Israel te aseɛ yi, sɛ ɛwɔ me ba Yonatan mpo so a, wuo na ɔbɛwuo. Na ɛdɔm no mu biara ammua no. Ɛnna ɔka kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: Mo deɛ, monkɔ afa, na me ne me ba Yonatan nso nkɔ afa. Na ɛdɔm no ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ no yɛ! Na Saulo kaa sɛ: Ao, AWURADE Israel Nyankopɔn, Adɛn nti na wommua w’akoa nnɛ yi? Sɛ ɛyɛ me anaa me ba Yonatan na ɛdi fɔ anaa Israelfoɔ yi a, ma nokorɛ nna adi. Na ɛbɔɔ Saulo ne ba Yonatan, na ɛdɔm no firii mu firii. Ɛnna Saulo kaa sɛ: Montwe me ne me ba Yonatan ntam ntonto. Na ɛbɔɔ Yonatan. Na Saulo ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Kyerɛ me deɛ woyɛeɛ. Na Yonatan ka kyerɛɛ no sɛ: Ka na mede me nsam poma ti mekaa ɛwoɔ kakra mehwɛeɛ. Hwɛ, wuo na mɛwuo! Na Saulo kaa sɛ: Yonatan, Onyankopɔn nyɛ saa na ɔnkɔ so nyɛ saa, sɛ wuo na wobɛwuo. Na ɛdɔm no ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Yonatan a wayɛ Israel mu ɔgyeɛ adwuma kɛseɛ yi nwu anaa? Ɛmpare no! Sɛ AWURADE te aseɛ yi, ne tirinwi baako mpo rentɔ fam, ɛfiri sɛ ɔne Onyankopɔn na ayɛ adeɛ nnɛ da yi. Na ɔman no gyee Yonatan na wanwu. Ɛnna Saulo firii Filistifoɔ no akyiridie sane baeɛ, na Filistifoɔ no kɔɔ wɔn nkuro mu. Na Saulo dii Israel so hene no, ɔne n’atamfo nyinaa kɔko hyiae, ɔne Moab ne Amonfoɔ ne Edom ne Soba ahemfo ne Filistifoɔ koeɛ; na baabiara a ɔdanee ne ho koeɛ no, ɔdii nim. Na ɔyɛɛ mmaninneɛ, na ɔkɔkumm Amalekfoɔ, na ɔgyee Israel wɔn afomfafoɔ nsam. Nso Saulo mmammarima ne Yonatan, Isui ne Malkisua, na ne mmammaa baanu din nie: Abakan no din de Merab, na akumaa no din de Mikal. Na Saulo yere din ne Ahinoam, Ahimaas ba. Na ne sahene din ne Abner, Saulo agya nua Ner ba. Na Saulo agya Kis ne Abner agya Ner yɛ Abiel mma. Na ɛko denden daa Filistifoɔ so Saulo nna nyinaa. Na sɛ Saulo hunu ɔbarima hoɔdenfoɔ biara anaa obiara a ɔyɛ nnam a, ɔkɔfa no ba ne nkyɛn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Me na AWURADE somaa me sɛ memmɛsra wo ngo mensi wo ne man so hene: Na afei, tie AWURADE nsɛm. Sɛɛ na asafo AWURADE seɛ: Mahunu deɛ Amalek yɛɛ Israel, sɛdeɛ wɔfiri Misraim reba no wɔbɛtwaree wɔn ɛkwan mu. Na afei kɔ na kɔkum Amalek, na monsɛe deɛ wɔwɔ nyinaa pasapasa, na nhu wɔn mmɔbɔ, na kum mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie ne nnwan, yoma ne mfunumu. Ɛnna Saulo maa ɔman no teeɛ, na ɔkan wɔn wɔ Telaim, mmarima a wɔnam anammɔn mu mpem ahanu ne Yuda mmarima mpem du. Na Saulo duruu Amalek kuro kɛseɛ no so, na ɔde atɛfoɔ sisii bonhwa no mu. Na Saulo ka kyerɛɛ Kenifoɔ no sɛ: Monkɔ, momfiri Amalek mu nsiane nkɔ, na mampra wo mamfra wɔn; na wo deɛ, woyɛɛ Israelfoɔ nyinaa adɔeɛ berɛ a wɔfiri Misraim reba no. Ɛnna Kenifoɔ firii Amalek mu kɔeɛ. Na Saulo kunkumm Amalek firii Hawila de kɔsii baabi a w’ani kyerɛ Sur a ɛda Misraim apueeɛ fam no. Na ɔkyeree Amalekhene Agag animono, na ɔman no nyinaa deɛ, ɔde nkrantɛ ano sɛee wɔn pasapasa. Na Saulo ne dɔm no hunuu Agag ne nnwan ne anantwie a wɔyɛ ne wɔn a wɔadodɔre sradeɛ ne nnwammuruwa ne deɛ ɛyɛ no nyinaa mmɔbɔ, na wɔampɛ sɛ wɔsɛe wɔn; na adeɛ biara a wɔmmuo na ɛnyɛ mma hwee no deɛ, wɔsɛee no pasapasa. Ɛnna AWURADE asɛm baa Samuel nkyɛn sɛ: Manu me ho sɛ mede Saulo sii hene, ɛfiri sɛ wasane afiri m’akyi, na wamma me nsɛm annyina. Na ɛyɛɛ Samuel awerɛho, na ɔsu frɛɛ AWURADE anadwo no nyinaa. Na Samuel tuaa nhema sɛ ɔrekɔhyia Saulo anɔpa; na wɔka kyerɛɛ Samuel sɛ: Saulo aba Karmel, na hwɛ, wasi ne nkaeɛ dum, na wadane ne ho atwam asiane rekɔ Gilgal. Na Samuel duruu Saulo nkyɛn no, Saulo ka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE nhyira wo. Mama AWURADE asɛm no atim. Na Samuel kaa sɛ: Na ɛdeɛn ne nnwan su a ɛgu m’asom yi ne anantwie su a meteɛ yi? Na Saulo se: Amalekfoɔ mu na wɔde firi baeɛ, ɛfiri sɛ ɔman no dodoo nnwan ne anantwie a ɛyɛ no ho sɛ wɔde rebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE wo Nyankopɔn, na nkaeɛ no deɛ, yɛasɛe wɔn pasapasa. Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Gyae ma menka deɛ AWURADE ka kyerɛɛ me anadwo yi menkyerɛ wo. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kasa ɛ! Na Samuel kaa sɛ: Ɛwom sɛ woyɛ wo ara w’ani so ketewa deɛ, nanso ɛnyɛ wone Israel mmusuakuo ti? AWURADE sraa wo ngo sɛ di Israel so hene; na AWURADE somaa wo akwankorɔ bi sɛ: Kɔ na kɔsɛe Amalekfoɔ nnebɔneyɛfoɔ no pasapasa, na ɛne wɔn nko kɔsi sɛ wobɛhye wɔn ase. Adɛn nti na woantie AWURADE, na woato ahyɛ asadeɛ soɔ, na woayɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne yi? Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Matie AWURADE, na makɔ kwan a AWURADE somaa me no, na mede Amalekhene Agag aba, na masɛe Amalek pasapasa! Na ɔman no faa asadeɛ no mu nnwan ne anantwie, ahyiradeɛ no mu adikaneɛ, sɛ wɔde rebɛbɔ AWURADE wo Nyankopɔn afɔdeɛ Gilgal. Na Samuel kaa sɛ: AWURADE pɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ sene tie a wobɛtie AWURADE anaa? Hwɛ, setie yɛ sene afɔdeɛ, na asoɔmmerɛ kyɛne nnwennini sradeɛ. Na atuateɛ te sɛ woakɔ abisa, na asoɔden te sɛ amumuyɛ ne ahonisom. Ɛsiane sɛ woapo AWURADE asɛm nti, ɔno nso apo wo afiri ahennie no so. Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Mayɛ bɔne sɛ mafom wɔ AWURADE anomu asɛm ne wo nsɛm ho, sɛ mesuroo ɔman no na metiee wɔn. Na afei fa me bɔne firi me, na wo ne me nsane na menkɔsɔre AWURADE. Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Me ne wo rensane nkɔ, ɛfiri sɛ woapo AWURADE asɛm, na AWURADE nso apo wo sɛ nni Israel so hene. Na Samuel danee ne ho rekorɔ no, Saulo sɔɔ ne batakari ano, na ɛsuanee. Na Samuel ka kyerɛɛ no sɛ: Suane na AWURADE asuane Israel ahennie afiri wo nsam nnɛ, na ɔde ama wo yɔnko a ɔyɛ sene woɔ. Nso Israel Tumfoɔ no renni atorɔ na ɔrennu ne ho, ɛfiri sɛ ɔnyɛ onipa na wanu ne ho. Ɛnna ɔse: Mayɛ bɔne deɛ, nanso afei di me ni me man mpanimfoɔ ne Israel nyinaa anim: Ɛne me nsane nkɔ, na menkɔsɔre AWURADE wo Nyankopɔn. Ɛnna Samuel sane kɔdii Saulo akyire; na Saulo kɔsɔree AWURADE. Na Samuel se: Momfa Amalekhene Agag mmrɛ me ha. Na Agag baa ne nkyɛn anigyeɛ so. Na Agag se: Ampa, owuoyea atwam kɔ. Na Samuel se: Sɛ wo nkrantɛ maa mmaa dii mmasugya no, saa ara nso na wo na bɛdi basugya mmaa mu. Na Samuel twitwaa Agag AWURADE anim wɔ Gilgal. Ɛnna Samuel sii mu kɔɔ Rama. Na Saulo nso foro kɔɔ ne fie Gibea-saulo. Na Samuel ammɛhwɛ Saulo bio kɔsii ne wuda, na Samuel gyam Saulo; na AWURADE nuu ne ho sɛ ɔde Saulo dii Israel so hene.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Wobɛgyam Saulo akɔsi da bɛn? Na me deɛ, mapo no sɛ ɔnnni Israel so hene. Fa ngo hyɛ w’abɛn ma, na bra ma mensoma wo Betlehemni Yisai nkyɛn, ɛfiri sɛ ne mma mu na mayi ɔhene mafa. Na Samuel se: Mɛyɛ dɛn makorɔ? Na Saulo te a, ɔbɛku me. Na AWURADE se: Fa nantwie ba kura na kɔka sɛ: Mebaa sɛ merebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE. Na frɛ Yisai bra afɔdeɛ no ho, na me ara mɛkyerɛ wo deɛ yɛ, na sra deɛ mɛka makyerɛ woɔ no ma me. Na Samuel yɛɛ sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ no no, na ɔkɔɔ Betlehem. Na kuro no mu mpanimfoɔ de ahopopoɔ bɛhyiaa no bisaa no sɛ: Woaba no asomdwoeɛ mu anaa? Na ɔse: Asomdwoeɛ mu: Mebaa sɛ merebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE; monnwira mo ho na mo ne me nkɔ afɔdeɛ no ho. Na ɔdwiraa Yisai ne ne mma no ho, na ɔfrɛɛ wɔn baa afɔdeɛ no ho. Na wɔbaa mu no, ɔhunuu Eliab, na ɔse: Ampa, deɛ AWURADE asra no no na ɔwɔ n’anim yi. Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Nhwɛ ne ho tebea ne ne nipadua tenteneyɛ, na mempɛ no; na menhwɛ deɛ onipa hwɛ, na onipa hwɛ deɛ ɛtua aniwa, na AWURADE deɛ, ɔhwɛ akoma mu. Ɛnna Yisai frɛɛ Abinadab maa no twaa mu Samuel anim. Na ɔse: Oyi nso, AWURADE mfaa no. Na Yisai maa Sama twaa mu. Na ɔse: Oyi nso, AWURADE mfaa no. Na Yisai maa ne mma baason bɛtwaa mu Samuel anim. Na Samuel ka kyerɛɛ Yisai sɛ: AWURADE nyii yeinom. Na Samuel bisaa Yisai sɛ: Mmeranteɛ no nyinaa nie? Na ɔse: Aka akumaa no, na hwɛ, ɔrehwɛ nnwan. Na Samuel ka kyerɛɛ Yisai sɛ: Soma ma wɔnkɔfa no mmra, na yɛrentena ase gye sɛ waba ha ansa. Na ɔsoma maa wɔkɔfaa no baeɛ. Nso na ɔbere, na n’animma yɛ fɛ, na ne ho nso yɛ fɛ. Na AWURADE kaa sɛ: Sɔre sra no, na ɔno ara nie. Ɛnna Samuel faa ngo abɛn no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na AWURADE honhom sii Dawid so, ɛfiri da no ara de rekorɔ no. Ɛnna Samuel sɔre baa Rama. Na AWURADE honhom firii Saulo ho, na honhommɔne firi AWURADE nkyɛn bɛhaa no. Na Saulo nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ ɛ, honhommɔne bi a ɛfiri Nyankopɔn nkyɛn na ɛreha woɔ yi. Ma yɛn wura nka nkyerɛ wo nkoa a wɔwɔ w’anim yi, na wɔnkɔhwehwɛ obi a ɔnim sankuo bɔ, na sɛ honhommɔne no firi Nyankopɔn nkyɛn ba wo so a, ɔde ne nsa abɔ ama wo ho atɔ wo. Na Saulo ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Monhwehwɛ obi a ɔnim bɔ yie mma me ɛ, na momfa no mmrɛ me. Na mmeranteɛ no mu baako buaa sɛ: Hwɛ, mahunu Betlehemni Yisai ba bi a ɔnim bɔ, ɔyɛ ɔbarima a ɔtumi ne ho ne ɔkofoni, na ɔhunu nsɛm mu, na ne ho nso yɛ fɛ, na AWURADE di n’akyi. Na Saulo somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Yisai nkyɛn kɔkaa sɛ: Ma wo ba Dawid a ɔwɔ nnwan ho no mmra me nkyɛn. Na Yisai faa afunumu de paanoo ne nsa kotokuo ma, ne ɔpapo soaa no, na ɔde somaa ne ba Dawid kɔmaa Saulo. Na Dawid baa Saulo nkyɛn, na ɔbɛyɛɛ ne somfoɔ. Na Saulo dɔɔ no sɛ, na ɔde no yɛɛ n’akodeɛkurani. Na Saulo soma maa wɔkɔɔ Yisai nkyɛn kɔkaa sɛ: Mesrɛ wo, ma Dawid nsom me, na wanya m’anim adom. Na ɛbaa sɛ, sɛ honhom no firi Nyankopɔn nkyɛn ba Saulo so a, na Dawid afa sankuo na ɔde ne nsa abɔ, na Saulo ho adwo no, na ne ho atɔ no, na honhommɔne no afiri ne so kɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Filistifoɔ boaboaa wɔn dɔm ano sɛ wɔrebɛdi ako, na wɔbɛboaa wɔn ano Soko a ɛyɛ Yuda dea no, na wɔbɛkyeree nsraban Soko ne Aseka ntam wɔ Efes-damim. Na Saulo ne Israel mmarima boaboaa wɔn ano na wɔkɔkyeree nsraban Ela bonhwa mu, na wɔtwitwaa mpasua sɛ wɔne Filistifoɔ rehyia akɔko. Na Filistifoɔ gyina bepɔ so ɔfa ha, na Israel nso gyina bepɔ so ɔfa ha, na bonhwa da wɔn ntam. Na ɔbarima katakyie bi firi Filistifoɔ nsram firii adi, a ne din de Goliat a ɔfiri Gat, na ne tentene yɛ basafa mmiɛnsa ne saama. Na kɔbere mfrafraeɛ kyɛ hyɛ ne ti, na ɔhyɛ kɔbere mfrafraeɛ abono akotadeɛ, a n’akotadeɛ no mu duro yɛ nnwetɛbena mpemnum. Na kɔbere mfrafraeɛ nkataho kata ne nan ho, na kɔbere mfrafraeɛ pɛmɛ wɔ ne mmatiri so. Na ne pea dua te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua, na ne pea ti kari dadeɛ nnwetɛbena ahansia; na ɛkyɛmkurani di n’anim. Na ɔbɛgyinaa hɔ teaa mu frɛɛ Israel mpasua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn na moafiri aba mpasua so rebɛko yi? Menyɛ Filistini na mo nso moyɛ Saulo nkoa? Monyi mo mu ɔbarima bi, na ɔnsiane mmra me nkyɛn. Sɛ ɔtumi ne me ko na ɔku me a, ɛnneɛ yɛbɛyɛ mo nkoa; na sɛ me nso metumi no, na meku no a, ɛnneɛ monyɛ yɛn nkoa na monsom yɛn. Na Filistini no kaa sɛ: Me deɛ, meretwa Israel mpasua poa nnɛ da yi, momma me ɔbarima bi na yɛnko. Na Saulo ne Israel nyinaa tee Filistini no nsɛm yi no, wɔn akoma tui, na wɔsuroo pa ara. Nso Dawid yɛ Efratini a ɔfiri Betlehem Yuda a wɔfrɛ no Yisai a ɔwɔ mmammarima baawɔtwe no ba. Na Saulo nna no mu na ɔbarima no abɔ akora a ne mfeɛ akɔ anim ara yie. Na Yisai mma mpanin baasa dii Saulo akyi kɔɔ ɔsa no; na ne mma baasa a wɔkɔɔ ɔsa no din nie: Abakan Eliab ne n’akyiriba Abinadab ne deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa Sama. Na Dawid deɛ, na ɔno ne akumaa, na mpanimfoɔ baasa no dii Saulo akyiri kɔeɛ; na Dawid deɛ, ɛyɛ a, ɔfiri Saulo nkyɛn sane kɔhwɛ n’agya nnwan wɔ Betlehem. Na adaduanan, na Filistini no firi bɛgyina hɔ anɔpatutu ne anwummerɛ biara de ne ho kyerɛ. Na Yisai ka kyerɛɛ ne ba Dawid sɛ: Fa wo nuanom nnoɔma yi, nkyeweɛ efa yi ne paanoo du yi, tu mmirika kɔ nsraban no mu kɔma wo nuanom; na fa nufosuo a akyenkyen mua du yi kɔma apem so safohene no, na hwɛ sɛdeɛ wo nuanom ho teɛ, na fa wɔn ho biribi bra. Nso na Saulo ne wɔn ne Israel mmarima nyinaa na ɛwɔ Ela bonhwa no mu ne Filistifoɔ reko. Na Dawid sɔree anɔpahema gyaa nnwan no hyɛɛ ɔhwɛfoɔ nsa, na ɔsoa kɔeɛ, sɛdeɛ Yisai hyɛɛ no no; na ɔkɔduruu nteaseɛnam aboaeɛ; na ɛdɔm no refiri adi akɔ mpasua mu na wɔbɔɔ ɔko no ho se, na Israel ne Filistifoɔ atwitwa mpasua a ɛdɔm kyerɛ dɔm anim. Ɛnna Dawid gyaa ne nnoɔma a na ɔkura no hyɛɛ nnoɔma so hwɛfoɔ nsa, na ɔtuu mmirika kɔɔ mpasua no mu na ɔkɔkyeaa ne nuanom no. Na ɔne wɔn rekasa no, hwɛ, Filistini katakyie a wɔfrɛ no Goliat a ɔfiri Gat no, firi Filistifoɔ mpasua mu bae, na ɔbɛkekaa nsɛm no ara, na Dawid teeɛ. Na Israel mmarima no nyinaa, wɔhunu ɔbarima no a, wɔdwanedwane firi n’anim, na wɔsuro sɛ. Na Israel mmarima no kekaa sɛ: Sɛ moahunu ɔbarima a ɔreforo aba yi? Israel ara na waba rebɛtwa wɔn poa; na onii ko a ɔbɛku no no, ɔhene bɛma no anya ne ho sɛ, na ɔde ne babaa bɛma no aware, na wama n’agya fie ade wɔn ho wɔ Israel. Na Dawid ka kyerɛɛ mmarima a wɔne no gyina hɔ no sɛ: Ɛdeɛn na wɔbɛyɛ onipa a ɔbɛku Filistini yi na wayi ahohora afiri Israel soɔ no? Na hwan mpo ne Filistini momonoto yi a ɔtwa Onyankopɔn teasefoɔ mpasua poa yi? Na nkurɔfoɔ no kaa saa asɛm no ara kyerɛɛ no sɛ: Sɛɛ na wɔbɛyɛ onipa a ɔbɛku no no. Na ne nua panin Eliab tee sɛ ɔne mmarima no rekasa; na Eliab bo fuu Dawid kaa sɛ: Adɛn nti na wosiane baa ha? Na hwan na wogyaa nnwan kakra a wɔwɔ wiram no hyɛɛ ne nsa? Me deɛ, menim w’aniɛden ne w’akoma mu bɔne dada sɛ ɔko no hwɛ nti na wosiane baeɛ. Na Dawid se: Na mayɛ dɛn? Ɛnyɛ asɛm bi ntira? Na ɔdanee ne ho firii ne nkyɛn kyerɛɛ obi, na ɔkaa saa asɛm no ara; na nkurɔfoɔ no de akane asɛm no ara buaa no. Na wɔtee Dawid nsɛm a ɔkaeɛ no, wɔde kɔtoo Saulo anim, na ɔmaa wɔkɔfaa no baeɛ. Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Mma ne ho nnyɛ obiara akomatuo; w’akoa bɛkɔ akɔne Filistini yi ako. Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Wontumi nkɔ nkɔne Filistini no nko, ɛfiri sɛ wo deɛ, woyɛ abɔfra, na ɔno deɛ, ɔyɛ ɔbarima kofoni firi ne mmɔfraase. Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: W’akoa rehwɛ n’agya nnwan na sɛ gyata ne sisire ba bɛkyere adwammaa firi ekuo no mu a, mefiri adi meti no mekɔbɔ no, na meyi no mefiri n’anomu; na sɛ ɔsɔre tia me a, mesɔ ne bɔgyesɛ mu mebɔ no meku no. W’akoa akum gyata ne sisire nyinaa, na Filistini momonoto yi nyɛ sɛ wɔn mu baako, sɛ watwa Onyankopɔn teasefoɔ mpasua poa. Na Dawid kaa sɛ: AWURADE a ɔyii me gyata ne sisire nsam no, ɔno ara bɛyi me Filistini yi nsam. Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ, na AWURADE bɛdi w’akyi. Na Saulo de ne ntadeɛ hyɛɛ Dawid na ɔde kɔbere mfrafraeɛ kyɛ soaa no, na ɔde nkataboɔ hyɛɛ no. Na Dawid de ne nkrantɛ bɔɔ n’atadeɛ no so, na ɔde nante hwɛe; ɛfiri sɛ na ɔnnya nsɔ nhwɛe. Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Merentumi mfa yeinom nkɔ, ɛfiri sɛ mensɔ menhwɛe da; na Dawid yi firii ne ho. Na ɔfaa ne poma kuraa ne nsam, na ɔyii mmoseaa a akokwa nnum firii subɔn no mu de guu ne nnwanhwɛfoɔ kotokuo ne bɔtɔ mu; na ɔkuraa ne ntɔmmoɔ ne nsam, na ɔtwe pinii Filistini no. Na Filistini no nso nam reba, na ɔtwe pinii Dawid; na ɔbarima a ɔso kyɛm no di n’anim. Na Filistini no totoo n’ani na ɔhunuu Dawid no, ɔbuu no animtia; ɛfiri sɛ ɔyɛ abɔfra, na ɔbere, na ne ho nso yɛ fɛ. Na Filistini no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Meyɛ kraman na wode mpoma reba me nkyɛn yi? Na Filistini no frɛɛ ne nyame domee Dawid. Na Filistini no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Bra me nkyɛn na memfa wo nam memma ewiem nnomaa ne wiram mmoa. Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Filistini no sɛ: Wo deɛ, wode nkrantɛ ne pea ne pɛmɛ na ɛreba me so, na me deɛ, mede asafo AWURADE, Israel mpasua a woatwa wɔn poa no Nyankopɔn din na mereba wo so. Ɛnnɛ da yi AWURADE de wo bɛhyɛ me nsa, na maku wo, na matwa wo tiri afiri so, na mede Filistifoɔ dɔm afunu mama ewiem nnomaa ne asase so mmoadoma nnɛ ara, na asase nyinaa ahunu sɛ Onyankopɔn bi wɔ Israel, na badwa yi nyinaa nso ahunu sɛ ɛnyɛ nkrantɛ ne pea na AWURADE de gye nkwa, ɛfiri sɛ ɔko no yɛ AWURADE dea, na ɔde mo bɛhyɛ yɛn nsa. Na ɛbaa sɛ, Filistini no sɔree sɛ ɔreba abɛhyia Dawid no, Dawid yɛɛ ntɛm tuu mmirika kɔɔ mpasua no so kɔhyiaa Filistini no. Na Dawid tenee ne nsa hyɛɛ kotokuo no mu yii ɔboɔ wɔ mu, na ɔtoo ntɔmmoɔ no bɔɔ Filistini no moma so, na ɔboɔ no hyɛnee ne tirim, na ɔhwee ase maa n’anim butuu fam. Saa na Dawid de ntɔmmoɔ ne ɔboɔ faa Filistini no soɔ, na ɔbɔɔ Filistini no kumm no, nanso na nkrantɛ biara nkura Dawid nsam. Enti Dawid tutuu mmirika kɔgyinaa Filistini no so, na ɔsɔɔ ne nkrantɛ mu twe firii bɔha mu, na ɔkumm no, na ɔde twaa ne ti. Na Filistifoɔ no hunuu sɛ wɔn brane awuo no, wɔdwaneeɛ. Ɛnna Israel ne Yuda mmarima sɔre bɔɔ ose na wɔtii Filistifoɔ no kɔduruu Gai ne Ekron apono akyi. Na Filistifoɔ apirafoɔ no totɔɔ Saaraim kwan so de kɔduruu Gat ne Ekron. Na Israelfoɔ no sane firii Filistifoɔ no akyiridie ne pamo denden no mu, na wɔbɛfomm wɔn nsraban no faeɛ. Na Dawid faa Filistini no ti, na ɔde baa Yerusalem; na n’akodeɛ deɛ, ɔde guu ne ntomadan mu. Na Saulo hunuu Dawid sɛ ɔrefiri adi akɔhyia Filistini no no, ɔka kyerɛɛ ne safohene Abner sɛ: Abner, hwan ba ne aberanteɛ yi? Na Abner se: Ɔhene, sɛ wo kra te aseɛ yi, mennim. Na ɔhene se: Wo deɛ, bisa onii ko a ne ba ne akwankwaa yi. Na Dawid firi Filistini no kum resane aba no, Abner faa no de no baa Saulo anim, na Filistini no tiri no kura ne nsam. Na Saulo ka kyerɛɛ no sɛ: Aberanteɛ, hwan ba ne wo? Na Dawid buaa sɛ: W’akoa Yisai, Betlehemni no ba ne me.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔne Saulo kasa wieeɛ no, na Yonatan kra akyekyere Dawid kra ho, na Yonatan dɔɔ no sɛ ɔno ara ne kra. Ɛda no ara, Saulo faa no ne no tenaeɛ, na wamma no ansane ankɔ n’agya fie. Na Yonatan ne Dawid pam apam bi, ɛfiri sɛ na ɔdɔ no sɛ ɔno ara ne kra. Na Yonatan yii ne batakari a ɔhyɛ no maa Dawid ne ne ntadeɛ kɔduruu ne nkrantɛ ne ne tadua ne n’abɔsoɔ so. Na Dawid firi adi kɔ baabiara a Saulo soma no na ne biribiara kɔ so; na Saulo de no sii akofoɔ so, na ɔsɔɔ ɔman no nyinaa ne Saulo nkoa nso ani. Na wɔreba a Dawid resane afiri Filistini no kum aba no, mmaa firii Israel nkuro nyinaa mu de nnwom ne asa ba bɛhyiaa Ɔhene Saulo; wɔde mpintin ne anigyeɛ ne ahinasa adeɛ. Na mmaa a wɔregorɔ no gyee wɔn ho so sɛ: Saulo akum apem mu, na Dawid akum ne mpem du mu. Na Saulo bo fuu kɛse, na asɛm no anyɛ no dɛ. Na ɔkaa sɛ: Wɔde mpem du ama Dawid, na me deɛ, apem na wɔde ama me, na ɛdeɛn na aka no bio sɛ ahennie no? Na ɛfiri da no ara de rekorɔ no, Saulo tuu n’ani saa Dawid. Na adeɛ kyeeɛ no, Nyankopɔn honhommɔne no sii Saulo so, na ɔrekɔm efie, na Dawid de ne nsa rebɔ sankuo, sɛdeɛ ɔyɛ daa no; na pea kura Saulo nsam. Na Saulo too pea no, na ɔse: Mɛbɔ Dawid afam ɔfasuo ho. Na Dawid danee ne ho firii n’anim mprenu. Na Saulo suroo Dawid, ɛfiri sɛ AWURADE di n’akyi, na Saulo deɛ, wafiri ne nkyɛn. Enti Saulo yii no firii ne ho, na ɔsii no apem so safohene, na ɔdii ahyɛmfire, ɔman no anim. Na Dawid nyaa nkɔsoɔ n’akwan nyinaa mu, na AWURADE dii n’akyi. Na Saulo hunuu sɛ ne biribiara kɔ soɔ no, ɔsuroo no kɔkɔɔkɔ. Na Israel ne Yuda nyinaa dɔɔ Dawid, ɛfiri sɛ ɔno na na ɔdi wɔn anim ahyɛmfire. Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Hwɛ, me babaa panin Merab nie, ɔno na mede no bɛma wo aware; nnam ara na yɛ ma me, na ko ma AWURADE! Ɛfiri sɛ Saulo dwenee sɛ: Meremma me nsa nnka no, na Filistifoɔ na wɔn nsa nka no. Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Mene hwan, na me nkwa, anaa m’agya abusua ne deɛn wɔ Israel, na memmɛyɛ ɔhene aseɛ? Na berɛ duruiɛ a anka wɔde Saulo babaa Merab rebɛma Dawid no, wɔde no maa Meholatni Adriel awareɛ. Na Saulo ba Mikal dɔ Dawid; na wɔka kyerɛɛ Saulo no, asɛm no yɛɛ no anigyeɛ. Na Saulo se: Mede no bɛma no, na ayɛ no fidie, na Filistifoɔ nsa aka no. Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid ne mprenu soɔ sɛ: Wobɛyɛ m’ase nnɛ. Na Saulo hyɛɛ n’asomfoɔ sɛ: Momfa aseɛ ne Dawid nkasa sɛ: Hwɛ, ɔhene pɛ w’asɛm, na ne nkoa nyinaa dɔ wo, enti afei, bɛyɛ ɔhene ase. Na Saulo nkoa no kaa nsɛm yi guu Dawid aso mu. Na Dawid kaa sɛ: Ɛyɛ mo ani so adewa sɛ obi bɛyɛ ɔhene aseɛ? Na me deɛ, meyɛ onipa hiani a m’akyiri nyɛ duro. Na Saulo nkoa kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛdeɛ Dawid kaeɛ nie. Na Saulo kaa sɛ: Sɛ monkɔka nkyerɛ Dawid nie: Ɔhene mpɛ tiriadeɛ biara sɛ Filistifoɔ mmarima ano wedeɛ ɔha, na wɔntɔ ɔhene atamfoɔ so were. Na Saulo susuu sɛ ɔnam Filistifoɔ nsa so bɛma Dawid atɔ. Na ne nkoa kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ Dawid no, ɛyɛɛ Dawid fɛ sɛ ɔbɛyɛ ɔhene aseɛ. Na nna no nnya nnuruiɛ no, Dawid sɔre sii mu, ɔno ne ne mmarima, na ɔkɔkumm Filistifoɔ mmarima ahanu. Na Dawid de wɔn mmarima ano wedeɛ baeɛ, na wɔkan maa no durui de kyerɛɛ ɔhene sɛ, ɔnyɛ ɔhene ase. Na Saulo de ne ba Mikal maa no aware. Na Saulo hwɛ hunuu sɛ AWURADE di Dawid akyi; na Saulo babaa Mikal dɔɔ no. Na Saulo kɔɔ so suroo Dawid ara, na ɛmaa Saulo tanee Dawid daa. Na Filistifoɔ asafohene firii adi bɛkoeɛ; na da biara a wɔfiri adi ba no, ɛsi Dawid yie sene Saulo nkoa nyinaa. Na na wɔbɔ ne din anidie mu sɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Saulo ka kyerɛɛ ne ba Yonatan ne ne nkoa nyinaa sɛ wɔnkum Dawid. Nanso Saulo ba Yonatan pɛ Dawid asɛm sɛ. Na Yonatan kɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: M’agya Saulo rehwehwɛ wo aku wo, na afei, kora wo ho anɔpa, na tena kokoa bi mu hunta; na me deɛ, mɛfiri adi makɔgyina m’agya nkyɛn wiram baabi a wowɔ no, na me ne m’agya aka wo ho asɛm, na mete biribi a maka makyerɛ wo. Na Yonatan kaa Dawid ho asɛmpa kyerɛɛ n’agya Saulo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mma ɔhene nnyɛ n’akoa Dawid ho bɔne; na ɔnyɛɛ wo bɔne biara, na ne nneyɛɛ nso ayɛ wo yie pii. Na ɔde ne kra too ne nsam kɔkumm Filistini no, na AWURADE dii nkonim kɛse maa Israel nyinaa. Wohunui na w’ani gyeeɛ; na adɛn nti na worebɛyɛ mogya a ɛdi bem ho bɔne na woakum Dawid kwa? Na Saulo tiee Yonatan, na Saulo kaa ntam sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, wɔrenkum no da! Na Yonatan frɛɛ Dawid; na Yonatan kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no. Ɛnna Yonatan de Dawid baa Saulo nkyɛn, na ɔbɛtenaa n’anim sɛ kane no. Na ɔko no kɔɔ so ara, na Dawid firii adi ne Filistifoɔ kɔkoeɛ, na ɔde ekumkɛseɛ kumm wɔn, na wɔdwane firii n’anim. Na AWURADE honhommɔne no baa Saulo so; na ɔte ne fie, na pea kura ne nsam, na Dawid de ne nsa rebɔ sankuo. Na Saulo hwehwɛɛ sɛ ɔde pea no bɔ Dawid fam ɔfasuo no ho, nanso ɔtwee ne ho firii Saulo anim, na ɔtoo pea no wɔɔ ɔfasuo no mu; na Dawid dwaneeɛ, na ɔfirii mu firii anadwo no. Ɛnna Saulo somaa abɔfoɔ kɔɔ Dawid fie sɛ wɔnkɔwɛn no na wɔnku no anɔpa. Na Dawid yere Mikal ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woannye wo kra anadwo yi a, ɔkyena wɔbɛku wo. Na Mikal de Dawid faa mpomma mu sii fam, na ɔkɔeɛ, na ɔdwane firii mu firii. Na Mikal faa ohoni de too mpa no so, na ɔde abirekyie nwi sumiiɛ too atifi, na ɔde ntoma kataa so. Na Saulo somaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔfa Dawid no, Mikal kaa sɛ: Ɔyare. Ɛnna Saulo somaa abɔfoɔ no sɛ wɔnkɔhwɛ Dawid, na ɔse: Momfa no mfiri mpa no so mmrɛ me, na menku no. Na abɔfoɔ no duruu hɔ no, na hwɛ, ohoni na ɛda mpa no soɔ, na abirekyie nwi sumiiɛ da atifi. Na Saulo ka kyerɛɛ Mikal sɛ: Adɛn nti na woadaadaa me sɛɛ, na woagya me tamfo kwan na wafiri mu afire yi? Na Mikal ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma menkɔ; adɛn nti na menku woɔ? Na Dawid dwane firii mu firiiɛ, na ɔkɔɔ Samuel nkyɛn Rama kɔkaa deɛ Saulo de ayɛ no nyinaa kyerɛɛ no. Na ɔne Samuel kɔ kɔtenaa Naiot. Na wɔka kyerɛɛ Saulo sɛ: Hwɛ, Dawid wɔ Naiot wɔ Rama. Na Saulo somaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔfa Dawid; na wɔhunuu adiyifoɔ asafo no sɛ wɔrehyɛ nkɔm na Samuel gyina hɔ rehwɛ wɔn soɔ no, Nyankopɔn honhom baa Saulo abɔfoɔ no so, na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm. Na wɔbɛka kyerɛɛ Saulo no, ɔsomaa abɔfoɔ foforɔ; na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm saa ara. Na Saulo somaa abɔfoɔ bio, ne mprɛnsa so, na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm. Ɛnna ɔno ara kɔɔ Rama, na ɔduruu abura kɛseɛ a ɛwɔ Seku ho no, ɔbisaa sɛ: Ɛhe na Samuel ne Dawid wɔ? Na wɔse: Hwɛ, wɔwɔ Naiot wɔ Rama. Na ɔkɔɔ Naiot wɔ Rama hɔ; na Nyankopɔn honhom baa ɔno nso so, na ɔrekorɔ no, ɔhyɛɛ nkɔm ara kɔ kɔsii sɛ ɔduruu Naiot wɔ Rama. Na ɔno nso worɔɔ ne ntadeɛ, na ɔno nso hyɛɛ nkɔm Samuel anim, na ɔde adagya daa hɔ da mu no nyinaa ne anadwo mu no nyinaa. Enti na wɔka sɛ: Saulo nso fra adiyifoɔ no mu anaa?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Dawid dwane firii Naiot wɔ Rama, na ɔba bɛkaa no Yonatan anim sɛ: Ɛdeɛn na mayɛ? M’amumuyɛ ne sɛn, na me bɔne ne sɛn wɔ w’agya anim a enti ɔrehwehwɛ me aku me yi? Na Yonatan ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛmpare wo, worenwu; hwɛ, m’agya renyɛ ade kɛseɛ anaa ade ketewa biara gye sɛ ɔyi me asotire ansa; na adɛn nti na m’agya de asɛm yi bɛhunta me? Ɛnte saa. Na Dawid kaa ntam nso sɛ: W’agya nim sɛ manya w’anim adom, enti na ɔse: Wɔmmma Yonatan nnhunu yei, na anyɛ no ya; na ampa ara, sɛ AWURADE te aseɛ, na wo kra nso te aseɛ yi, nammɔn pɛ na ɛda me ne owuo ntam. Ɛnna Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Biribiara a wo kra seɛ no, mɛyɛ ama wo. Na Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Hwɛ, ɔkyena na ɔsrane fire a ɛsɛ sɛ anka me ne ɔhene kɔtena adidiiɛ; nanso ma menkɔ nkɔhunta wiram nkɔsi da a ɛtɔ so mmiɛnsa no anwummerɛ. Sɛ w’agya bisa m’akyiri kwan a, ɛnneɛ ka kyerɛ no sɛ: Dawid asrɛ me kwan sɛ ɔretu mmirika akɔ ne kurom Betlehem, na abusua no nyinaa wɔ afirinhyia afɔrebɔ wɔ hɔ. Sɛ ɔka sɛ: Ɛyɛ a, na asomdwoeɛ wɔ hɔ ma w’akoa, na sɛ ne bo fu a, ɛnneɛ hunu sɛ wakyere ne mu sa bɔne. Na yɛ w’akoa adɔeɛ, ɛfiri sɛ AWURADE apam mu na woama wo ne w’akoa ahyɛne; na sɛ amumuyɛ bi wɔ me mu a, wo ara ku me, na adɛn nti na wode me rekɔma w’agya? Na Yonatan se: Ɛmpare wo sɛ, sɛ menim sɛ m’agya akyere sa bɔne de reba wo so a, merenka menkyerɛ woɔ. Na Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Sɛ w’agya de asɛm denden bi bua wo a, hwan na ɔbɛka akyerɛ me? Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Bra ma yɛmfiri nkɔ wiram. Na wɔn baanu firii adi kɔɔ wiram. Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, nyɛ danseni sɛ, sɛ ɔkyena anaa ɔkyena akyi sɛsɛɛ berɛ yi mu, mehwɛ m’agya adwene na ɛyɛ wɔ Dawid ho, na mansoma amma wo nkyɛn ammɛyi wo asotire a! Na sɛ ɛsɔ m’agya ani sɛ bɔne mmra wo so na mamma ammɛyi wo asotire, na mannya wo kwan amma woankɔ asomdwoeɛ mu a, AWURADE nyɛ me Yonatan saa na ɔnka ho saa! Na AWURADE nni w’akyi sɛdeɛ ɔdi m’agya akyire no. Na sɛ meda so mete aseɛ yi, fa AWURADE nokorɛ adɔeɛ yɛ me, na manwu, ntwa w’adɔeɛ no to mfiri me fie ho da. Na sɛ AWURADE twitwa Dawid atamfoɔ firi asase so a, nnyae me fie adɔeɛyɛ. Na Yonatan ne Dawid fie pamee sɛ: AWURADE ntɔ Dawid atamfoɔ were. Na Yonatan maa Dawid kaa ne dɔ a ɔde dɔ no no ho ntam bio, ɛfiri sɛ na ɔdɔ no sɛ ɔno ara ne kra. Na Yonatan ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkyena na ɔsrane fire, na wɔbɛhunu sɛ wonni hɔ, ɛfiri sɛ wo tenaberɛ bɛda mpan. Na sɛ ɛdi nnansa a, wɔbɛhunu sɛ wonni hɔ ampa ara, ɛnneɛ na siane ntɛm bra deɛ asɛm no baeɛ no, wohuntaeɛ hɔ, na tena Esel boɔ no ho. Na mɛtoto agyan mmiɛnsa mafa ho, sɛdeɛ merebɔ botaeɛ mu. Na hwɛ, mɛsoma abɔfra sɛ: Kɔhwehwɛ agyan no. Sɛ mese abɔfra no sɛ: Hwɛ, agyan no wɔ wo nkyɛn mu ha, tase bra a, ɛnneɛ bra, na sɛ AWURADE te aseɛ yi, asomdwoeɛ na ɛwɔ hɔ ma woɔ, asɛm biara nni hɔ. Na sɛ mese akwankwaa no sɛ: Hwɛ, m’agyan no wɔ w’anim fam nohoa a, ɛnneɛ kɔ, na AWURADE agya wo kwan. Na asɛm a me ne wo kaeɛ no ho deɛ, hwɛ, AWURADE wɔ me ne wo ntam daa. Ɛnna Dawid kɔhuntaa wiram. Na ɔsrane firiiɛ no, ɔhene kɔtenaa adidiiɛ. Na ɔhene tenaa n’atenaeɛ sɛdeɛ ɔyɛ no daa wɔ ɔfasuo ho adwa no so; na Yonatan sɔree, na Abner tenaa ɔhene nkyɛn, na Dawid atenaeɛ no da mpan. Na Saulo anka hwee da no; ɛfiri sɛ ɔse: Biribi ayɛ no; ne ho nte; ampa ara ne ho nte. Na adeɛ kyeeɛ a ɛyɛ bosome no da a ɛtɔ so mmienu a na Dawid atenaeɛ da mpan no, Saulo bisaa ne ba Yonatan sɛ: Adɛn nti na Yisai ba no amma adidie ase nnora ne nnɛ yi? Na Yonatan buaa Saulo sɛ: Dawid srɛɛ me kwan sɛ ɔrekɔ Betlehem, na ɔse: Gya me kwan ɛ, na yɛwɔ abusua afɔrebɔ wɔ kuro no mu, na me nua ahyɛ me sɛ memmra. Enti afei, sɛ manya w’anim adom a, ma menkɔ menkɔhwɛ me nuanom. Enti na wamma ɔhene pono ho yi. Ɛnna Saulo bo fuu Yonatan, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo, ɔbaa brakyewni tuateni ba, adɛn menhunuu sɛ woafa Yisai ba no adamfo de rehyɛ wo ho ne wo na adagya mu aniwuo? Na mmerɛ dodoɔ a Yisai ba no te ase asase soɔ yi, wo ne w’ahennie rennyina. Enti soma ma wɔnkɔfa no mmrɛ me, na wuo ara na ɔbɛwuo. Na Yonatan buaa n’agya Saulo ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wɔnku no? Ɛdeɛn na wayɛ? Ɛnna Saulo too pea sɛ ɔde rebɔ no. Na Yonatan hunuu sɛ n’agya awe ataa so sɛ ɔbɛkum Dawid. Na Yonatan de abufuhyeɛ sɔre firii ɛpono no ho, na wannidi bosome no da a ɛtɔ so mmienu no. Na ɔdii Dawid ho ya sɛ n’agya asopa no. Na anɔpa no Yonatan firii adi kɔɔ wiram deɛ ɔhyɛɛ Dawid no, na abɔfra kumaa bi ka ne ho. Na ɔka kyerɛɛ n’abɔfra no sɛ: Tu mmirika kɔhwehwɛ agyan a merebɛtotoɔ no. Abɔfra no retu mmirika no, ɔtoo agyan no traa no. Na abɔfra no duruu deɛ agyan a Yonatan toeɛ no wɔ no, Yonatan hyɛɛ abɔfra no mmɔn sɛ: Agyan no ngu w’anim nohoa anaa? Na Yonatan hyɛɛ abɔfra no mmɔn sɛ: Yɛ ntɛm, ka wo ho, nnyina. Na Yonatan abɔfra no tasee agyan no de brɛɛ ne wura. Nso na abɔfra no nnim ho hwee; Yonatan ne Dawid nko ara na na wɔnim asɛm no. Ɛnna Yonatan de n’akodeɛ no maa abɔfra no na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa kɔ kuro no mu. Abɔfra no kɔeɛ; na Dawid sɔre firii aboɔkuo no ho, na ɔde n’anim bɛbutuu fam na ɔkotoo mprɛnsa, na wɔfefee wɔn ano, na wɔn baanu sui ara maa Dawid deɛ boroo so. Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ asomdwoeɛ mu. Sɛdeɛ yɛn baanu akeka AWURADE ntam no, AWURADE ntena me ne wo ntam ne m’asefoɔ ne w’asefoɔ ntam nkɔsi daa. Na ɔsii mu kɔeɛ; na Yonatan baa kuro no mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Dawid baa Nob Ɔsɔfoɔ Ahimelek nkyɛn. Na Ahimelek de ahopopoɔ bɛhyiaa Dawid, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wo nko ara wonam na onipa biara nka wo ho yi? Na Dawid ka kyerɛɛ Ɔsɔfoɔ Ahimelek sɛ: Ɔhene ahyɛ me asɛm bi die, na waka akyerɛ me sɛ: Mma obiara nnhunu adekodeɛ a meresoma wo ho ne deɛ mahyɛ woɔ no ho biribiara; na mmeranteɛ no nso, mahyɛ wɔn sɛ wɔnkɔ baabi. Na afei, ɛdeɛn na ɛwɔ wo nsam? Ma me paanoo nnum anaa biribiara a wobɛnya. Na ɔsɔfoɔ no buaa Dawid sɛ: Paanoo hunu biara nni me nsam, sɛ paanoo kronkron na ɛwɔ hɔ; sɛ mmeranteɛ no akora wɔn ho afiri mmaa ho nko a! Na Dawid buaa see ɔsɔfoɔ no sɛ: Ampa, wɔmma mmaa mmɛn yɛn berɛ biara a yɛrekɔ akɔdi dwuma bi no; na mmeranteɛ no adeɛ ho te, na nkantom nnɛ a ɛsɛ sɛ wɔn adeɛ ho teɛ yi. Ɛnna ɔsɔfoɔ no de akronkronneɛ no maa no, ɛfiri sɛ na paanoo biara nni hɔ sɛ Kyerɛ paanoo a wɔyi firi AWURADE anim de paanoohyeɛ bɛgu hɔ da a wɔyiiɛ no. Nso na Saulo nkoa mu nipa bi wɔ hɔ da no, a wɔato no mu AWURADE anim, ne din de Doeg, Edomni a ɔyɛ Saulo mmoahwɛfoɔ mu panin. Na Dawid ka kyerɛɛ Ahimelek sɛ: Pea anaa nkrantɛ biara nni wo nsam ha? Na me nkrantɛ ne me nnoɔma mpo mamfa mankura, ɛfiri sɛ ɔhene asɛm no, wɔpɛ no ntɛm. Na ɔsɔfoɔ no kaa sɛ: Filistini Goliat a wokum no Ela bonhwa mu no nkrantɛ, hwɛ, ɛno na wɔabobɔ no ntoma mu da asɔfotadeɛ no akyire no, ɛno na wobɛfa a, fa, na foforɔ biara nni ha sɛ ɛno. Na Dawid kaa sɛ: Ebi nte sɛ ɛno, fa ma me! Na Dawid sɔre dwanee da no Saulo anim, na ɔkɔɔ Gathene Akis nkyɛn. Na Akis nkoa ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɛnyɛ Dawid, asase no so hene no nie? Ɛnyɛ oyi na wɔtoo ne ho dwom asa mu kaa sɛ: Saulo akum n’apem, na Dawid akum ne mpem du no? Na Dawid de nsɛm yi siee n’akoma mu, na ɔsuroo Gat hene Akis anim sɛ. Na ɔsakyeraa ne suban wɔn anim, na ɔboapa yɛɛ ne ho bɔdamfoɔ wɔn nsam, na ɔwerɛwerɛɛ kuro no apono nta ho, na ɔmaa ne ntasuo sinsianee n’abɔgyesɛ mu. Ɛnna Akis ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Hwɛ, mohunu sɛ onipa yi abɔ dam, na adɛn nti na mode no abrɛ me? Abɔdamfoɔ abɔ me na mode oyi aba sɛ ɔmmɛdi me so abɔdansɛm yi? Oyi mmra me fie anaa?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Dawid firi hɔ kɔeɛ, na ɔdwane kɔɔ Adulam bodan mu. Na ne nuanom ne n’agya fie nyinaa teeɛ no, wɔsiane kɔɔ ne nkyɛn hɔ. Na wɔn a wɔn ho akyere wɔn ne wɔn a wɔdede aka ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn, na ɔdii wɔn so safohene. Mmarima bɛyɛ ahanan na wɔbɛkaa ne ho. Na Dawid firii hɔ kɔɔ Mispe wɔ Moab, na ɔka kyerɛɛ Moabhene sɛ: Mesrɛ wo, ma m’agya ne me na mmɛtena mo nkyɛn nkɔsi sɛ mɛhunu deɛ Onyankopɔn bɛyɛ me ansa. Na ɔgyaa wɔn Moabhene no nkyɛn, na wɔtenaa ne nkyɛn nna a Dawid wɔ bepɔ so atenaeɛ hɔ nyinaa. Na Odiyifoɔ Gad ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ntena bepɔ so atenaeɛ hɔ, na sim kɔ Yuda asase so. Na Dawid sii mu baa Heret kwaeɛ mu. Na Saulo tee sɛ wɔahunu deɛ Dawid ne nnipa a wɔka ne ho no wɔ. Na Saulo te Gibea, santɛ dua bi ase wɔ kokoɔ so, na ne pea kura ne nsam, na ne nkoa nyinaa gyinagyina ne ho. Na Saulo ka kyerɛɛ n’asomfoɔ a wɔgyinagyina ne ho no sɛ: Mo Benyaminfoɔ, montie! Yisai ba no nso bɛmema mo nyinaa mfuo ne bobe nturo na ɔde mo nyinaa asisi mpempem so asafohene ne ɔha ha so asafohene? Sɛɛ mo nyinaa moapam me tiri so, na obiara nni hɔ a oyi me asotire, sɛ me ba ne Yisai ba no apam, na mo mu biara nni hɔ a ɔdi me ho ya na ɔyi me asotire sɛ me ba de m’akoa agyina hɔ ne me redi asie, sɛ ɔntɛ me sɛdeɛ ɛte nnɛ yi? Ɛnna Edomni Doeg a ɔno nso gyina Saulo nkoa no nkyɛn no buaa sɛ: Mehunuu Yisai ba no sɛ ɔbaa Nob, Ahitub ba Ahimelek nkyɛn na ɔbisaa AWURADE maa no, na ɔmaa no akwansoduane, na ɔde Filistini Goliat nkrantɛ no maa no. Ɛnna ɔhene soma maa wɔkɔhyiaa Ahitub ba Ɔsɔfoɔ Ahimelek ne n’agya fie asɔfoɔ a wɔwɔ Nob no nyinaa, na wɔn nyinaa baa ɔhene nkyɛn. Na Saulo kaa sɛ: Ahitub ba, tie ɛ! Na ɔbuaa sɛ: Menie, me wura. Na Saulo ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wo ne Yisai ba no apam me tiri soɔ, na womaa no aduane ne nkrantɛ, na wobisaa Onyankopɔn maa no, sɛ ɔnsɔre me so na ɔntetɛ me sɛdeɛ ɛte nnɛ yi? Na Ahimelek buaa ɔhene sɛ: Na wo nkoa nyinaa mu hwan na ɔyɛ ɔnokwafoɔ sɛ Dawid a ɔyɛ ɔhene ase, na ɔtie w’asɛm, na wɔdi no ni wɔ wo fie? Nnɛ na merefiri aseɛ mabisa Onyankopɔn mama no anaa? Yei mpare me! Mma ɔhene mmfa asɛm bi nnto n’akoa anaa m’agya fie nyinaa so, na w’akoa nnim yeinom nyinaa ho hwee, ketewa oo, kɛseɛ oo! Na ɔhene kaa sɛ: Ahimelek, wuo ara na wobɛwuo, wo ne w’agya fie nyinaa. Na ɔhene ka kyerɛɛ awɛmfoɔ a wɔgyinagyina ne ho no sɛ: Monnanedane mo ho nkum AWURADE asɔfoɔ no, na wɔn nsa nso wɔ Dawid deɛ mu, na wɔnim sɛ ɔredwane, na wɔanyi me asotire. Na ɔhene nkoa no ampɛ sɛ wɔtene wɔn nsa ka AWURADE asɔfoɔ no. Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Doeg sɛ: Wo deɛ, dane wo ho na ka asɔfoɔ no. Na Edomni Doeg danee ne ho na ɔkaa asɔfoɔ no kumm mmarima aduɔwɔtwe nnum a wɔhyɛ nwera asɔfotadeɛ da no ara. Na asɔfoɔ kuro Nob nso, ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn; mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie ne mfunumu ne nnwan nyinaa na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn. Na Ahitub ba Ahimelek babarima baako a wɔfrɛ no Abiatar firii mu dwane tii Dawid. Na Abiatar ka kyerɛɛ Dawid sɛ Saulo akum AWURADE asɔfoɔ no. Na Dawid ka kyerɛɛ Abiatar sɛ: Da no a na Edomni Doeg wɔ hɔ no na mehunuu sɛ ɛyɛ deɛn ara a, ɔbɛkɔ akɔka akyerɛ Saulo; me na medi w’agya fie akra nyinaa ho so. Tena me nkyɛn, nsuro, na deɛ ɔrehwehwɛ me aku me no ara na ɔrehwehwɛ wo nso aku woɔ. Na me nkyɛn deɛ, wɔbɛhwɛ wo so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Hwɛ, Filistifoɔ ne Keila reko na wɔrefom ayuporebea fa. Na Dawid bisaa AWURADE sɛ: Menkɔto nhyɛ Filistifoɔ yi so anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ na kɔto hyɛ Filistifoɔ no so, na gye Keila. Na Dawid mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Yuda ha mpo yɛsuro, na nkantom sɛ yɛbɛkɔ Keila akɔne Filistifoɔ dɔm ako. Na Dawid kɔɔ so bisaa AWURADE bio. Na AWURADE buaa no sɛ: Sɔre siane kɔ Keila, na me na mede Filistifoɔ no merehyɛ wo nsa. Ɛnna Dawid ne ne nnipa no sii mu kɔɔ Keila, na ɔne Filistifoɔ no kɔkoeɛ, na ɔkaa wɔn mmoa faeɛ, na ɔkum wɔn ekumkɛseɛ, na Dawid gyee Keilafoɔ. Na Ahimelek ba Abiatar redwane akɔ Dawid nkyɛn Keila no, na asɔfotadeɛ no kura no, na ɔde siane kɔeɛ. Na wɔkɔka kyerɛɛ Saulo sɛ Dawid aba Keila. Na Saulo kaa sɛ: Onyankopɔn reyi no ahyɛ me nsa, na wato ne ho mu, sɛ wakɔ kuro a ano wɔ apono ne adaban mu. Na Saulo maa wɔhyiaa ɔman no nyinaa sɛ wɔrekɔ ɔsa na wasiane akɔ Keila akɔtua Dawid ne ne nnipa no. Na Dawid hunuu sɛ Saulo rebɔ ne ho pɔ bɔne no, ɔka kyerɛɛ Ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ: Fa asɔfotadeɛ no bra. Na Dawid kaa sɛ: AWURADE Israel Nyankopɔn, w’akoa ate no ampa ara sɛ Saulo repɛ aba Keila, na me nti wabɛsɛe kuro no. Keilafoɔ de me bɛhyɛ ne nsa anaa? Saulo bɛsiane aba sɛdeɛ w’akoa teeɛ no? AWURADE, Israel Nyankopɔn, mekoto mesrɛ wo, ka kyerɛ w’akoa ɛ! Na AWURADE kaa sɛ: Ɔbɛsiane aba. Na Dawid kaa sɛ: Keilafoɔ bɛyi me ne me nnipa ahyɛ Saulo nsa? Na AWURADE se: Wɔbɛyi wo ama. Ɛnna Dawid ne ne mmarima a wɔbɛyɛ ahansia no sɔre firii Keila, na wɔkɔɔ baabiara a wɔbɛtumi akorɔ. Na wɔkɔka kyerɛɛ Saulo sɛ Dawid adwane afiri Keila no, ɔgyaee n’akyiridie. Na Dawid kɔtenaa ɛserɛ so bepɔ so atenaeɛ ahodoɔ no mu; na ɔtenaa bepɔ bi so Sif serɛ so. Na Saulo hwehwɛɛ no da biara; nanso Onyankopɔn amfa no anhyɛ ne nsa. Na Dawid hunuu sɛ Saulo afiri adi rebɛhwehwɛ no aku no. Nso na Dawid wɔ Sif serɛ so wɔ Hores. Ɛnna Saulo ba Yonatan sɔre kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores, na ɔhyɛɛ ne nsa den Nyankopɔn mu. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na m’agya Saulo nsa renka wo, na wo na wobɛdi Israel so hene, na mayɛ w’abadiakyire; na m’agya Saulo nso nim yei. Na wɔn baanu pamee AWURADE anim. Na Dawid tenaa Hores, na Yonatan kɔɔ ne fie. Ɛnna Sififoɔ foro kɔɔ Saulo nkyɛn Gibea kɔkaa sɛ: Ɛnyɛ Dawid na ɔhunta yɛn nkyɛn wɔ atenaeɛ a ɛwɔ Hores, Hakila kokoɔ a ɛwɔ ɛserɛ pataa no anafoɔ fam no soɔ no? Na afei, ɔhene, siane bra sɛdeɛ wo kra hwehwɛ a ɔrehwehwɛ sɛ ɔbɛsiane no teɛ nyinaa, na yɛn deɛ ne sɛ yɛbɛyi no ahyɛ ɔhene nsa. Ɛnna Saulo kaa sɛ: AWURADE nhyira nka mo sɛ moahu me mmɔborɔ. Monkɔ nkɔhwehwɛ mu yie, na monhwɛ nhunu faako a ɔhyɛ ne onii ko a ɔhunuu no hɔ. Na mate sɛ ɔyɛ onitefoɔ sɛ. Na monhwɛ nhu no, faako a ɔhuntahunta no nyinaa, na sɛ ɛyɛ ampa a, monsane mmra me nkyɛn, na me ne mo nkɔ. Na sɛ ɔwɔ asase no so a, mɛtwee mapɛ no Yuda mpempem nyinaa mu. Na wɔsɔre dii Saulo anim kɔɔ Sif. Na Dawid ne ne nnipa no wɔ Maon serɛ so, mpaperɛ a ɛwɔ ɛserɛ pataa no anafoɔ fam no so. Na Saulo ne ne nnipa kɔɔ sɛ wɔrekɔhwehwɛ no. Na wɔkɔka kyerɛɛ Dawid; na ɔsianee ɔbotan no kɔtenaa Maon serɛ so. Na Saulo teeɛ no, ɔtii Dawid baa Maon serɛ so. Na Saulo nam bepɔ no fa ha, na Dawid ne ne nnipa nso nam bepɔ no fa ha; na Dawid repɛ ntɛm afiri Saulo anim akorɔ no, Saulo ne ne nnipa no twaa Dawid ne ne nnipa no ho hyiae sɛ wɔrekye wɔn. Na ɔbɔfoɔ bi baa Saulo nkyɛn bɛkaa sɛ: Ka wo ho bra, na Filistifoɔ abɛgu asase no so. Enti Saulo sane firi Dawid akyi kɔ kɔhyiaa Filistifoɔ no; enti wɔfrɛ hɔ sɛ Dwaneeɛ Botan. Na Dawid firi hɔ foro kɔtenaa En-gedi bepɔ so atenaeɛ mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Saulo sane firii Filistifoɔ akyi baeɛ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Dawid wɔ En-gedi serɛ so. Ɛnna Saulo faa mmarima mpensa a wɔayi wɔn afiri Israel nyinaa mu, na ɔkɔɔ sɛ ɔrekɔhwehwɛ Dawid ne ne nnipa no Nkakragya Abotan soɔ. Na ɔduruu nnwammuo a ɛwɔ ɛkwan no soɔ no ho; na ɔbodan bi wɔ hɔ, na Saulo hyɛnee mu sɛ ɔrekɔgya ne nan. Na Dawid ne ne nnipa nso tete ɔbodan no mu nohoa. Na Dawid nnipa no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, da a AWURADE ka kyerɛɛ wo sɛ: Hwɛ, mede wo tamfo bɛhyɛ wo nsa, na woayɛ no sɛdeɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ, no nie. Ɛnna Dawid sɔre wiawiaa ne ho kɔtwaa Saulo batakari ano. Na ɛno akyiri no, Dawid akoma bɔɔ no paripari sɛ watwa Saulo atadeɛ ano. Na ɔka kyerɛɛ ne nnipa no sɛ: AWURADE mma no mpare me sɛ mɛyɛ me wura a AWURADE asra no no adeɛ a ɛte sɛɛ, sɛ mɛtene me nsa maka no, ɛfiri sɛ deɛ AWURADE asra no ne no. Na Dawid de nsɛm yi bɔɔ ne nnipa no pem, na wampene amma wɔansɔre antia Saulo. Na Saulo sɔre firii ɔbodan no mu sii ne kwan so. Na ɛno akyiri no, Dawid nso sɔre firii ɔbodan no mu firii adi, na ɔhyɛɛ Saulo mmɔn sɛ: Me wura, ɔhene! Na Saulo hwɛɛ n’akyiri no, Dawid bɔɔ ne tiri ase na ɔkotoe; na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Adɛn nti na wotie nnipa nsɛm a wɔkeka sɛ: Hwɛ, Dawid pɛ wo bɔne, no? Hwɛ, ɛnnɛ da yi w’ani ahunu sɛdeɛ AWURADE de wo hyɛɛ me nsa nnɛ ɔbodan no mu; na wɔkaa sɛ menku wo, na medodoo wo ho, na mese: Merentene me nsa menka me wura, ɛfiri sɛ deɛ AWURADE asra no ne no. Nso, m’agya, ampa ara, hwɛ sɛ wo batakari ano kura me nsam. Na ɛnam sɛ matwa wo batakari ano na manku woɔ yi, hunu na hwɛ sɛ bɔne anaa mmarato bi nni me nsam; na menyɛɛ wo bɔne biara, nso wo deɛ, worepɛ me aku me. AWURADE mmu me ne wo ntam atɛn, na AWURADE nnye m’aweretɔdeɛ wo nsam. Na me nsa deɛ, ɛrenka wo. Sɛdeɛ tete bɛ no ka no “Abɔnefoɔ so na bɔne fire”, na me nsa deɛ, ɛrenka wo. Hwan akyi na Israel hene atu die yi? Hwan na woreti no yi? Ɔkraman funu akyi, ɔkraman dwie baako akyi. Na AWURADE nyɛ ɔtemmufoɔ, na ɔmmu me ne wo ntam atɛn, na ɔnhunu na ɔnni m’asɛm mma me, na ɔmmu me atɛn nyi me wo nsam. Na Dawid kaa nsɛm yi kyerɛɛ Saulo wieeɛ no, Saulo kaa sɛ: Wo nne nie, me ba Dawid? Na Saulo maa ne nne so suiɛ. Na ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Wotene kyɛne me, ɛfiri sɛ wode papa atua me ka, na me deɛ, mede bɔne matua wo ka. Na woakyerɛ me nnɛ sɛ wo ne me adi no yie, sɛ AWURADE de me hyɛɛ wo nsa na woanku me. Na sɛ obi to ne tamfo a, ɔbɛma no de ne ho sɔnn akɔ anaa? Enti AWURADE ntua wo ka pa nhyɛ deɛ woayɛ me nnɛ yi ananmu. Na afei, hwɛ, menim sɛ wobɛdi hene, na Israel ahennie bɛtim wɔ wo nsam; na afei ka me AWURADE ntam sɛ worentwa m’asefoɔ a wɔbɛdi m’akyire ngu, na worempepa me din mfiri m’agya fie. Na Dawid kaa Saulo ntam no. Na Saulo sii mu kɔɔ fie; na Dawid ne ne nnipa no foro kɔɔ bepɔ so atenaeɛ no mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Samuel wuiɛ; na Israel nyinaa boaboaa wɔn ano bɛgyamm no, na wɔkoraa no ne fie wɔ Rama. Na Dawid sɔre siane kɔɔ Paran serɛ so. Na ɔbarima bi wɔ Maon a n’adwuma wɔ Karmel, na ɔbarima no yɛ onipa kɛseɛ; ɔwɔ nnwan mpensa ne mmirekyie apem; na ɔretwitwa ne nnwan ho wɔ Karmel. Na ɔbarima no din de Nabal, na ne yere din de Abigail; na ɔbaa no wɔ adwempa, na ne ho nso yɛ fɛ; na ɔbarima no deɛ, na ɔyɛ den, na ne nneyɛɛ nyɛ; na ɔyɛ Kalebni. Na Dawid tee no ɛserɛ so hɔ sɛ Nabal retwitwa ne nnwan ho. Na Dawid somaa mmeranteɛ du, na Dawid ka kyerɛɛ mmeranteɛ no sɛ: Momforo nkɔ Karmel na monkɔ Nabal nkyɛn, na monkɔbɔ me din nkyea no mma me. Na monse no sɛ: Asomdwoeɛ nka wo, asomdwoeɛ nka wo fie, na asomdwoeɛ nka deɛ wowɔ nyinaa. Na afei, mate sɛ wowɔ nnwan ho twitwafoɔ; afei wo nnwanhwɛfoɔ a wowɔ wɔn no ne yɛn tenaeɛ no, yɛampoopoo wɔn, na wɔn biribiara nso anyera berɛ a wɔtenaa Karmel no nyinaa. Bisabisa wo mmeranteɛ no na wɔbɛka akyerɛ wo; enti ma mmeranteɛ no nnya w’anim adom, na afahyɛ da na yɛaba yi, fa deɛ ɛwɔ wo nsam ma wo nkoa ne wo ba Dawid ɛ! Na Dawid mmeranteɛ no duruiɛ no, wɔde Dawid din kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Nabal, na wɔtwɛneeɛ. Na Nabal buaa Dawid nkoa no sɛ: Hwan ne Dawid, na hwan ne Yisai ba? Ɛnnɛ nkoa a wɔtete wɔn ho firi wɔn wuranom ho dɔɔso. Na memfa m’aduane ne me nsuo ne me nam a makum de rema me nnwan ho twitwafoɔ no memma nnipa a mennim deɛ wɔfire anaa? Ɛnna Dawid mmeranteɛ no danee wɔn ho sii kwan soɔ, na wɔsane bɛkaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ no. Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ne nnipa no sɛ: Mo nyinaa mmobɔ mo nkrantɛ mo asenem. Na wɔn nyinaa bobɔɔ wɔn nkrantɛ, na Dawid nso bɔɔ ne nkrantɛ, na ɛbɛyɛ mmarima ahanan foro dii Dawid akyi, na ahanu tenaa nnoɔma no ho. Na mmeranteɛ no mu baako kɔka kyerɛɛ Nabal yere Abigail sɛ: Hwɛ, Dawid somaa abɔfoɔ firi ɛserɛ so bɛkyeaa yɛn wura, na ɔpoopoo wɔn. Nso nnipa no yɛ ma yɛn sɛ, na wɔanyɛ yɛn bɔne biara, na yɛwɔ wiram hɔ a yɛne wɔn nam no nyinaa, yɛn biribiara anyera da; wɔyɛɛ yɛn ho fasuo anadwo ne awia berɛ a yɛne wɔn teɛ a yɛrehwɛ nnwan no nyinaa. Na afei hwɛ, na dwene deɛ wobɛyɛ, na wɔakyere yɛn wura ne ne fie nyinaa so sa bɔne, nso ɔyɛ ɔba huhuni a obi ntumi nkasa nkyerɛ no. Ɛnna Abigail yɛɛ ntɛm faa paanoo ahanu ne nsa nkotokuo mmienu ma, ne nnwan nnum a wɔasiesie wɔn ne nkyeweɛ susuoadeɛ nnum ne bobe aba a wɔabɔ no ntoantoa ahanu de soaa mfunumu, na ɔka kyerɛɛ ne mmeranteɛ no sɛ: Monsene nni m’anim, hwɛ, meredi mo akyiri maba. Na ne kunu Nabal deɛ, wanka ankyerɛ no. Na ɛbaa sɛ ɔte afunumu so resiane aba bepɔ no aseɛ no, hwɛ, na Dawid ne ne nnipa no nso resiane hyia no, na ɔhyiaa wɔn. Nso na Dawid aka sɛ: Kwa ara kwa na mahwɛ oyi adeɛ a ɔwɔ no ɛserɛ so nyinaa soɔ, na deɛ ɛyɛ ne deɛ nyinaa mu biribiara anyera, nso bɔne na ɔde ahyɛ me papa ananmu. Sɛ ɛkɔsi ɔkyena anɔpa, megya n’adeɛ a ɔwɔ nyinaa mu onini baako sei mpo a, Onyankopɔn nyɛ Dawid atamfoɔ saa na ɔnka ho saa! Na Abigail hunuu Dawid no, ɔyɛɛ ntɛm firii n’afunumu so sii fam, na ɔde n’anim butuu Dawid anim, na ɔbɔɔ ne mu ase kɔɔ fam, na ɔde ne ho hwee ne nan ase kaa sɛ: Me wura, me so na amumuyɛ yi nna, na ma w’afenaa nkasa ngu w’aso mu ɛ, na tie w’afenaa nsɛm. Mesrɛ wo, mma me wura mmfa n’akoma nnto onipa huhuni Nabal yi so, na sɛ ne din teɛ no, sɛ ɔteɛ ara ne no, Nabal ne ne din, agyegyentwisɛm wɔ ne mu; na me, w’afenaa deɛ, manhunu me wura mmeranteɛ a wosomaa wɔn no. Na afei, me wura, sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, AWURADE asianka wo, na woammɛdi mogya ho so sɛ wode wo ara wo nsa bɛtɔ were. Na afei ma w’atamfo ne wɔn a wɔpɛ me wura bɔne no nyɛ sɛ Nabal. Na afei, akyɛdeɛ a w’afenaa de abrɛ me wura yi, ma wɔmfa mma mmeranteɛ a wɔdi me wura akyire no. Fa ɛso yi kyɛ w’afenaa ɛ! Na ampa ara AWURADE bɛkyekyere efie a atim ama me wura, ɛfiri sɛ me wura reko ama AWURADE, na wɔrenhunu wo mu bɔne biara wo nna nyinaa. Na sɛ onipa asɔre reti wo na wahwehwɛ wo aku wo a, ɛnneɛ wɔnkyekyere me wura kra, nkwa boaa mu, AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn, na w’atamfo kra deɛ, wɔnto no sɛ adeɛ a ɛfiri ntɔmmoɔ mu. Na sɛ AWURADE nya yɛ me wura papa a waka wɔ wo ho no nyinaa na ɔde wo si Israel so hene a, me wura werɛ renho na n’akoma remmɔ no paripari sɛ waka mogya agu kwa anaa sɛ me wura no ara atɔ were. Na AWURADE bɛyɛ me wura yie, na woakae w’afenaa. Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abigail sɛ: Nhyira nka AWURADE, Israel Nyankopɔn a ɔsomaa wo maa wobɛhyiaa me nnɛ yi. Na nhyira nka w’adwempa, na nhyira nka wo sɛ woasianka me nnɛ da yi na mankɔdi mogya ho so, na mamfa me ara me nsa mantɔ were. Na ampa ara, sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn a wasianka me na manyɛ wo bɔne no te aseɛ yi, sɛ woanyɛ ntɛm ammɛhyia me a, anka ɛbɛduru ɔkyena anɔpa, obiara a ɔyɛ onini renka mma Nabal. Ɛnna Dawid gyee deɛ ɔde brɛɛ no no ne nsam, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ wo fie asomdwoeɛ mu, hwɛ, matie wo, na mahwɛ w’anim. Na Abigail kɔɔ Nabal nkyɛn, na hwɛ, wato ne ho pono ne fie hɔ sɛ ɔhene pono na Nabal ani agye ne ho, na waboro titaa. Na wanka no hwee kɔsii sɛ adeɛ kyeeɛ. Na anɔpa nsa tetee Nabal ani soɔ no, ne yere kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ no, na n’akoma gyenee wɔ ne yam, na ɔdanee sɛ ɔboɔ. Na ɛbɛyɛ dadu no, AWURADE bɔɔ Nabal, na ɔwuiɛ. Na Dawid tee sɛ Nabal awuo no, ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE a watɔ Nabal nsopa so were ama me na wasɔ n’akoa mu afiri bɔne ho, na AWURADE adane Nabal bɔne agu n’atifi! Na Dawid soma maa wɔne Abigail kɔkasaa sɛ ɔbɛfa no aware. Na Dawid nkoa no duruu Abigail nkyɛn Karmel kɔka kyerɛɛ no sɛ: Dawid asoma yɛn wo nkyɛn sɛ ɔrebɛfa wo aware. Na ɔsɔre bɔɔ ne tiri ase kotoe kaa sɛ: Hwɛ, w’afenaa yɛ abaawa a ɔbɛhohoro me wura nkoa nan ho. Na Abigail yɛɛ ntɛm sɔre tenaa afunumu so, ne mmaawa baanum a wɔnenam ne nan aseɛ, na ɔdii Dawid abɔfoɔ no akyi kɔyɛɛ ne yere. Na Dawid waree Ahinoam a ɔfirii Yesreel nso, na wɔn baanu no yɛɛ ne yerenom. Na Saulo de ne ba Mikal, Dawid yere no, ama Lais ba Palti a ɔfiri Galim.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Sififoɔ baa Saulo nkyɛn Gibea bɛkaa sɛ: Ɛnyɛ Dawid na ɔhunta Hakila kokoɔ a ɛkyerɛ pataa no anim no soɔ no? Ɛnna Saulo sɔre siane kɔɔ Sif serɛ soɔ, ɔne Israel mmarima mpensa a wɔayi wɔn, sɛ ɔrekɔhwehwɛ Dawid Sif serɛ so. Na Saulo kyeree nsraban Hakila kokoɔ a ɛkyerɛ ɛserɛ pataa no anim no so, ɛkwan ho, na Dawid deɛ, ɔtenaa ɛserɛ no so, na ɔhunuu sɛ Saulo reti no aba ɛserɛ no so. Na Dawid somaa akwansrafoɔ, na ɔhunuu sɛ Saulo aba ampa. Ɛnna Dawid sɔre kɔɔ deɛ Saulo akyere nsraban hɔ. Na Dawid hunuu faako a Saulo ne ne sahene Ner ba Abner deda; nso Saulo da nteaseɛnam aboaeɛ hɔ, na ɛdɔm no akyere nsraban atwa ne ho ahyia. Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Hetini Ahimelek ne Seruia ba Abisai, Yoab nua sɛ: Hwan na ɔne me bɛsiane akɔ Saulo nkyɛn wɔ nsra mu hɔ? Na Abisai sɛ: Mene wo bɛsiane akɔ. Na Dawid ne Abisai kɔɔ ɛdɔm no nkyɛn anadwo, na hwɛ Saulo da hɔ ada, nteaseɛnam aboaeɛ hɔ, na ne pea si fam wɔ n’atifi. Na Abner ne dɔm no deda ne ho hyia. Na Abisai ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Onyankopɔn de wo tamfo ahyɛ wo nsa nnɛ, na afei ma memfa pea no menwɔ no nhwire ne mu nsi fam prɛko, na meremfoa no so. Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ: Nku no, na hwan na ɔtene ne nsa ka deɛ AWURADE asra no na ɔdi bem? Na Dawid kaa sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, gye AWURADE na ɔbɛbɔ no ahwe; sɛ ne da bɛduru na wawu, anaasɛ ɔbɛkɔ ɔsa na apra no akɔ. AWURADE mma no mpare me sɛ mɛtene me nsa maka deɛ AWURADE asra no no. Na afei fa pea a ɛwɔ n’atifi no ne nsuo kuruwa no na yɛnkɔ. Ɛnna Dawid faa pea ne nsuo kuruwa no firii Saulo atifi, na wɔkɔe: Na obiara anhunu, na obiara ante, na obiara annyane, na na wɔn nyinaa adeda, ɛfiri sɛ AWURADE nnahɔɔ atotɔ wɔn so. Na Dawid sene kɔɔ ɔfa nohoa, na ɔkɔgyinaa bepɔ no atifi wɔ akyirikyiri a kwan pa ara da wɔn ntam. Na Dawid hyɛɛ ɛdɔm no ne Ner ba Abner mmɔn sɛ: Abner ee! Wonnye so? Ɛnna Abner gyee so sɛ: Ɛyɛ wo hwan na worehyɛ ɔhene mmɔn no? Na Dawid ka kyerɛɛ Abner sɛ: Wonyɛ ɔbarima anaa? Na hwan na ɔte sɛ woɔ wɔ Israel mu? Na adɛn nti na woanwɛn wo wura ɔhene? Na ɛdɔm no mu bi baa sɛ anka ɔrebɛkum wo wura ɔhene. Asɛm a woadie yi nyɛ. Sɛ AWURADE te aseɛ yi, mosɛ wuo, sɛ moanwɛn mo wura a AWURADE asra no no. Na afei, hwɛ deɛ ɔhene pea ne nsuo kuruwa a ɛsisi n’atifi no wɔ. Ɛnna Saulo hunuu sɛ ɛyɛ Dawid nne, na ɔkaa sɛ: Wo nne nie, me ba Dawid? Na Dawid se: Ɛyɛ me nne, me wura ɔhene. Na ɔkaa sɛ: Adɛn nti na me wura di n’akoa akyiri seyie? Mayɛ dɛn? Anaasɛ bɔne bɛn na ɛwɔ me nsam? Enti afei ma me wura ɔhene ntie n’akoa nsɛm. Sɛ AWURADE na wahwanyan wo atia me a, ɛnneɛ ma no nnye afɔdeɛ. Na sɛ ɛyɛ nnipa mma deɛ a, wɔadome wɔn, AWURADE anim, sɛ wɔapamo me nnɛ sɛ merennya kyɛfa wɔ AWURADE agyapadeɛ no ho, na wɔse: Kɔ na kɔsom anyame foforɔ. Enti afei wɔmmma me mogya nngu fam wɔ faako a ɛnyɛ AWURADE anim, ɛfiri sɛ Israel hene afiri adi rehwehwɛ ɔkraman dwie, sɛdeɛ wɔti akokɔhwedeɛ wɔ mmepɔ soɔ. Ɛnna Saulo kaa sɛ: Mayɛ bɔne, sane bra, me ba Dawid, na merenyɛ wo bɔne bio, ɛfiri sɛ me kra boɔ ayɛ den w’ani so nnɛ da yi. Hwɛ, madi nkwaseasɛm na mafom bebree pa ara. Na Dawid buaa sɛ: Hwɛ, ɔhene pea nie, na ma mmeranteɛ no mu baako mmra mmɛfa. Na AWURADE bɛdane onipa biara tenenee ne ne nokorɛdie ama no, sɛ nnɛ AWURADE de wo hyɛɛ me nsa, na mampɛ sɛ metene me nsa meka deɛ AWURADE asra no no. Na hwɛ, sɛdeɛ wo kra asom boɔ nnɛ m’ani soɔ yi, saa ara na me kra nso nsom boɔ AWURADE ani soɔ, na ɔnyi me mfiri ahohiahia nyinaa mu. Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Nhyira nka wo, me ba Dawid. Wobɛyɛ nnoɔma pii, na wobɛdi nim wɔ ne nyinaa mu nso. Ɛnna Dawid sii ne kwan soɔ. Na Saulo sane kɔɔ ne tenabea.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Dawid see no n’akoma mu sɛ: Anhwɛ a, da bi, Saulo nsa na ɛbɛku me; biribiara nyɛ mma me sɛ mɛdwane akɔ Filistifoɔ asase soɔ, na Saulo agyaa me na wanhwehwɛ me bio Israel asase nyinaa so, na mafiri ne nsa. Na Dawid sɔreeɛ, na ɔne mmarima ahansia a wɔka ne ho no twaa mu kɔɔ Gathene Maok ba Akis nkyɛn. Na Dawid ne Akis tenaa Gat, ɔno ne ne mmarima no, obiara ne ne fiefoɔ, Dawid ne ne yerenom baanu no, Yesreelni Ahinoam ne Karmelni Abigail, Nabal yere no. Na wɔka kyerɛɛ Saulo sɛ: Dawid adwane kɔ Gat; na wankɔ so anhwehwɛ no bio. Na Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: Sɛ manya w’anim adom a, ma wɔmma me tenabea bi wiram nkuro no bi mu, na menkɔtena hɔ: Na adɛn nti na w’akoa ne wo ntena ahenkuro mu? Ɛnna Akis de Siklag maa no da no ara; enti Siklag danee Yuda ahemfo deɛ de bɛsi nnɛ yi. Na nna a Dawid de tenaa Filistifoɔ asase soɔ no yɛ afirinhyia ne abosome nnan. Na Dawid ne ne mmarima no kɔ kɔtuaa Gesurfoɔ ne Girsifoɔ ne Amalekfoɔ; na wɔn na na wɔtete asase no soɔ firi teteete de kɔduru Sur a ɛda kɔ Misraim asase soɔ no. Na Dawid bɔɔ asase no, na wannya ɔbarima anaa ɔbaa anikan, na ɔfaa nnwan ne anantwie ne mfunumu ne yoma ne ntadeɛ, na ɔsane baa Akis nkyɛn. Na Akis kaa sɛ: Ɛhefoɔ na ɛnnɛ mokɔfom wɔn faeɛ yi? Na Dawid se: Yɛkɔɔ Yuda Negeb ne Yerahmeelfoɔ anafoɔ fam ne Kenifoɔ anafoɔ fam. Na Dawid annya ɔbarima anaa ɔbaa bi anikan sɛ ɔde wɔn bɛba Gat, ɛfiri sɛ ɔse: Anyɛ a, wɔbɛka yɛn ho asɛm sɛ: Sɛɛ na Dawid ayɛ. Na nna a ɔde tenaa Filistifoɔ asase soɔ no nyinaa sɛ ɔyɛeɛ ara ne no. Na Akis gyee Dawid diiɛ kaa sɛ: Wama ne ho abɔn ne man Israel pa ara, enti ɔbɛyɛ m’akoa daa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na saa berɛ no Filistifoɔ boaboaa wɔn dɔm ano sɛ wɔretu sa ne Israel akɔko. Na Akis ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Hunu pefee sɛ wo ne wo mmammarima no ne me na ɛbɛkɔ ɔsa yi. Na Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: Ɛnneɛ wobɛhunu deɛ w’akoa bɛyɛ. Na Akis ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ɔyɛ, me nso mede wo bɛyɛ me tiri wɛmfoɔ nna nyinaa. Saa berɛ yi na Samuel awu ama Israel nyinaa asu no asie no Rama, ɔno ara ne kuro mu. Na Saulo atu asamanfrɛfoɔ ne asumanfoɔ nyinaa afiri asase no so. Na Filistifoɔ no boaboaa wɔn ano ba bɛkyeree nsraban Sunem. Na Saulo boaboaa Israelfoɔ nyinaa ano, na wɔkyeree nsraban Gilboa. Na Saulo hunuu Filistifoɔ nsraban no no, ɔsuroeɛ, na n’akoma tuu papaapa. Na Saulo kɔbisaa AWURADE, nanso daeɛ mu oo, Urim ntonto so oo, adiyifoɔ anomu oo, AWURADE ammua no. Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Monkɔhwehwɛ ɔbaa samanfrɛni bi mma me, na menkɔ ne hɔ abisa. Na ne nkoa no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔbaa samanfrɛni bi wɔ Endor. Na Saulo sakyeraa ne ho hyɛɛ atadeɛ foforɔ, na ɔsii mu kɔeɛ a na nnipa baanu ka ne ho, na wɔduruu ɔbaa no nkyɛn anadwo; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa ɔsamanfrɛ so hyɛ me nkɔm, na ma deɛ mɛbɔ ne din makyerɛ woɔ no mforo mmra mma me. Na ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo ara wonim deɛ Saulo ayɛ, sɛdeɛ watwitwa asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ afiri asase yi soɔ, na adɛn nti na woresum me kra fidie ama wɔaku me yi? Na Saulo kaa no AWURADE ntam sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, worenni asɛm yi mu so biara. Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: Hwan na memma no mforo mmra mma woɔ? Na ɔse: Ma Samuel mforo mmra mma me. Na ɔbaa no hunuu Samuel no, ɔde nne kɛseɛ teaa mu; na ɔbaa no ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Adɛn nti na woadaadaa me yi? Na wone Saulo. Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro! Na ɛdeɛn na wohunu? Na ɔbaa no se: Onyame bi na mehunu sɛ ɔfiri asase mu reforo ba. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ne su te sɛn? Na ɔse: Akɔkoraa bi a ɔhyɛ atadeɛ yuu na ɔreforo ba. Na Saulo hunuu sɛ ɛyɛ Samuel, na ɔbɔɔ ne mu ase koto sɔree no. Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Adɛn nti na wohaa me maa meforo baeɛ yi? Na Saulo buaa sɛ: Me ho hiahia me papaapa, na Filistifoɔ ne me reko, na Onyankopɔn apa m’akyi, na ɔmmua me bio; ɔmfa adiyifoɔ so, na ɔmfa daeɛ mu nso, enti na mafrɛ woɔ yi, sɛ kyerɛ me deɛ menyɛ. Na Samuel kaa sɛ: Adɛn nti na wonim sɛ AWURADE apa w’akyire na wadane wo tamfo na wobisa me adeɛ yi? Na AWURADE ayɛ sɛdeɛ ɔnam me so kaeɛ no, na AWURADE ahwam wo nsam ahennie no de akɔma wo yɔnko Dawid. Ɛsiane sɛ woantie AWURADE nne na woanyɛ n’abufuhyeɛ so adeɛ Amalekfoɔ soɔ nti, na AWURADE ayɛ wo ɛso adeɛ nnɛ yi. Na AWURADE de Israel nso ne wo bɛhyɛ Filistifoɔ nsa; na ɔkyena wo ne wo mma bɛba abɛka me ho, na AWURADE de Israel dɔm nso bɛhyɛ Filistifoɔ nsa. Ɛnna ntɛm ara Saulo hwee ase bankwaa birim, na Samuel nsɛm no nti ɔsuroo papaapa, nso na ahoɔden biara nni ne mu, ɛfiri sɛ na ɔnnidii da mu no nyinaa ne anadwo mu no nyinaa. Na ɔbaa no baa Saulo nkyɛn, na ɔhunuu sɛ wabɔ hu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, w’afenaa atie wo, na mede me nkwa mato me nsam, na matie wo nsɛm a woka kyerɛɛ me no, na wo nso tie w’afenaa, na ma memfa paanoo sini memmɛsi w’anim, na di, na woanya ahoɔden de asi wo kwan so akɔ. Na wampene kaa sɛ: Merenni. Na ne nkoa ne ɔbaa no nso hyɛɛ no, na ɔtiee wɔn, na ɔsɔree firii fam tenaa mpa so. Nso na ɔbaa no wɔ nantwie ba a wadɔre wɔ efie hɔ, na ɔyɛɛ ntɛm kumm no, na ɔfaa esiam forɔe, na ɔde too apiti; na ɔde bɛsii Saulo ne ne nkoa no anim na wɔdiiɛ; na wɔsɔre sii mu kɔe anadwo no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Afei Filistifoɔ boaboaa wɔn dɔm nyinaa ano baa Afek, na Israelfoɔ kɔkyeree nsraban nsuo aniwa a ɛwɔ Yesreel ho. Na Filistifoɔ asafohene bɛtwaa mu, ɔha ɔha ne apem apem so, na Dawid ne ne mmarima no ka Akis ho bɛtwaa mu wɔ kyidɔm no mu. Ɛnna Filistifoɔ asafohene no kaa sɛ: Na Hebrifoɔ yi ɛ? Na Akis ka kyerɛɛ Filistifoɔ asafohene no sɛ: Ɛnyɛ Dawid, Israelhene Saulo akoa a ɔne me atena nna sɛɛ anaa mfeɛ sɛɛ yi a menhunuu ne ho bɔne biara firi da a ɔwaeeɛ de bɛsi nnɛ no nie? Na Filistifoɔ asafohene no bo fuu no, na Filistifoɔ asafohene no ka kyerɛɛ no sɛ: Ma ɔbarima yi nsane, na ɔnsane nkɔ ne tenabea a wode no tenaeɛ hɔ, na mma ɔne yɛn nnkɔ ɔsa no, na wannane n’ani ankyerɛ yɛn ɔko no mu; na ɛdeɛn na oyi de bɛpata ne wura? Ɛnyɛ nnipa yi ti? Ɛnyɛ Dawid a wɔgyee ne ho dwom soɔ asa mu sɛ: Saulo akum n’apem na Dawid akum ne mpem du no nie anaa? Ɛnna Akis frɛɛ Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, wotene, na me deɛ, anka ɛyɛ ma me sɛ wo ne me bɛdi akɔneaba ɔsa yi mu; ɛfiri sɛ ɛfiri da a wobaa me nkyɛn de bɛsi nnɛ menhunuu wo ho bɔne biara; na asafohene no na ɛmpɛ woɔ. Enti sane, na kɔ asomdwoeɛ mu, na wo ho anyɛ Filistifoɔ no ahi. Na Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: Na mayɛ dɛn, na ɛdeɛn na woahu no w’akoa ho firi da a mebaa w’anim de abɛsi nnɛ yi a enti mennkɔ na me ne me wura ɔhene atamfoɔ nnkɔko yi? Na Akis bua see Dawid sɛ: Menim sɛ woyɛ wɔ m’ani so sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ; nso Filistifoɔ asafohene no na wɔse: Ɔne yɛn renkɔ ɔsa no. Enti monsɔre anɔpahema, wo ne wo wura nkoa a wɔne wo baeɛ no, na mosɔre nhema na anim tete ara pɛ a, moasim akɔ. Ɛnna Dawid ne ne mmarima no tuaa nhema sii mu sɛ wɔresane akɔ Filistifoɔ asase so. Na Filistifoɔ no baa Yesreel.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Dawid ne ne mmarima no duruu Siklag da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na Amalekfoɔ abɛtua anafoɔ fam ne Siklag, na wɔabɔ Siklag, na wɔde ogya ahye. Na wɔafa mmaa a wɔwɔ mu no nnommum, firi mmɔfra so kɔsi mpanin so, wɔankum obiara, na wɔsoaa wɔn sii kwan so kɔeɛ. Na Dawid ne ne mmarima no duruu kuro no mu no, na hwɛ, wɔde ogya ahye, na wɔn yerenom ne wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa no, wɔafa wɔn nnommum kɔ. Ɛnna Dawid ne dɔm a wɔka ne ho no memaa wɔn nne so sui ara kɔsii sɛ wɔannya ahoɔden ansu bio. Na Dawid yerenom baanu no, Yesreelni Ahinoam ne Karmelni Abigail, Nabal yere no, nso wɔafa wɔn nnommum bi. Na Dawid ho kyeree no papaapa, ɛfiri sɛ ɛdɔm no kaa sɛ wɔbɛsi no aboɔ, na ɛdɔm no nyinaa kra botoeɛ, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa nti; nanso Dawid hyɛɛ ne ho den AWURADE Nyankopɔn mu. Na Dawid ka kyerɛɛ Ɔsɔfoɔ Ahimelek ba Abiatar sɛ: Fa asɔfotadeɛ no brɛ me. Na Abiatar de asɔfotadeɛ no brɛɛ Dawid. Na Dawid bisaa AWURADE sɛ: Menti ɛdɔm yi anaa? Mɛto wɔn? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ti wɔn, na wobɛto wɔn, na gyeɛ nso wobɛgye. Ɛnna Dawid sii mu kɔeɛ, ɔno ne mmarima ahansia a wɔka ne ho no. Na wɔduruu Besor subonhwa ho no, wɔn a wɔkaa akyire no soo hɔ. Na Dawid ne mmarima ahanan tii wɔn, na ahanu a wɔabrɛ a wɔantumi antwa Besor subonhwa no soo hɔ. Na wɔhunuu Misraimni bi wiram hɔ, na wɔde no brɛɛ Dawid; na wɔmaa no paanoo diiɛ, na wɔmaa no nsuo nomeeɛ, na wɔmaa no borɔdɔma ɛtoa sini ne bobe aba ntoa ntoa mmienu; na ɔdiiɛ no, n’ani so baee no, ɛfiri sɛ nnansa awia ne anadwo na ɔnnidiiɛ na ɔnnomee. Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Hwan nipa ne wo, na ɛhe na wofire? Na ɔse: Meyɛ Misraimni ba, Amalekni bi akoa, na me wura gyaa me hɔ, ɛfiri sɛ yadeɛ bɔɔ me nnaano. Yɛkɔtuaa Keretifoɔ anafoɔ fam ne deɛ ɛyɛ Yuda dea no ne Kaleb anafoɔ fam, na yɛde ogya hyee Siklag. Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Wode me bɛsiane akɔ ɛdɔm no nkyɛn? Na ɔse: Ka me Onyankopɔn sɛ worenku me, nso woremfa me nhyɛ me wura nsa, na mede wo bɛsiane akɔ ɛdɔm no nkyɛn. Na ɔde no siane kɔeɛ; na hwɛ, asadeɛ bebrebe a wɔakɔfa no Filistifoɔ asase soɔ ne Yuda asase soɔ no nti, wɔboaboa fam hɔ nyinaa a na wɔredidi na wɔrenom na wɔresa. Na Dawid kunkumm wɔn firi ahemadakye kɔsii da a ɛdi soɔ no anwummerɛ; na wɔn mu biara amfiri mu amfi gye mmeranteɛ ahanan a wɔtenatenaa yoma so dwaneeɛ. Na Dawid gyee deɛ Amalekfoɔ faeɛ no nyinaa; ne yerenom baanu no nso, Dawid gyee wɔn; na anka wɔn biribiara, ketewa oo, kɛseɛ oo, mmammarima oo, mmammaa oo, asadeɛ a wɔbɛfaeɛ no mu biara oo, Dawid de ne nyinaa sane bae. Na Dawid faa nnwan ne anantwie no nyinaa, na wɔde wɔn dii mmoa no anim baeɛ, na wɔkaa sɛ: Yei deɛ, Dawid asadeɛ nie! Na Dawid duruu mmarima ahanu a wɔabrɛ a wɔantumi anni Dawid akyire a wɔgyaa wɔn tenaa Besor subonhwa ho no nkyɛn. Na wɔfirii adi bɛhyiaa Dawid ne ɛdɔm a wɔne no nam no, na Dawid pinkyɛɛ ɛdɔm no kyeaa wɔn. Ɛnna mmarima a wɔne Dawid kɔeɛ no mu nnipa bɔne ne ahuhufoɔ buaa sɛ: Ɛnam sɛ wɔne yɛn ankɔ nti, wɔremma wɔn asadeɛ a yɛakɔgyeɛ no bi, gye wɔn yerenom ne wɔn mma na wɔmfa wɔn nkorɔ. Na Dawid kaa sɛ: Anuanom, monnyɛ saa, deɛ AWURADE de ama yɛn ho, na wahwɛ yɛn soɔ, na ɔde dɔm a wɔbaa yɛn soɔ no ahyɛ yɛn nsa. Na hwan na ɔbɛtie mo, asɛm yi mu? Na sɛ deɛ ɔkɔ akono kyɛfa teɛ no, saa ara na deɛ ɔtenaa nnoɔma ho no nso kyɛfa teɛ, wɔnkyɛ mu pɛ. Na ɛfiri da no ara de rekorɔ no, ɔde too hɔ yɛɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ maa Israel de bɛsi nnɛ. Na Dawid duruu Siklag no, ɔsoma maa wɔde asadeɛ no bi kɔmaa Yuda mpanin a wɔyɛ ne nnamfo kaa sɛ: Hwɛ, AWURADE atamfoɔ asadeɛ mu akyɛdeɛ a wɔde rebrɛ mo nie. Ɔde kɔmaa wɔn a wɔwɔ Betel ne wɔn a wɔwɔ Ramot a ɛwɔ Negeb ne wɔn a wɔwɔ Yatir, ne wɔn a wɔwɔ Aroer ne wɔn a wɔwɔ Sifmot ne wɔn a wɔwɔ Estemoa, ne wɔn a wɔwɔ Rakal ne wɔn a wɔwɔ Yerahmeelfoɔ nkuro mu, ne wɔn a wɔwɔ Kenifoɔ kuro mu, ne wɔn a wɔwɔ Horma ne wɔn a wɔwɔ Kor-asan ne wɔn a wɔwɔ Atak, ne wɔn a wɔwɔ Hebron, ne mmeammea a Dawid ne ne nnipa kyinkyiniiɛ hɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Filistifoɔ ne Israel koeɛ; na Israel mmarima dwanee Filistifoɔ anim, na wɔtotɔe Gilboa bepɔ so. Na Filistifoɔ tu saa Saulo ne ne mma, na Filistifoɔ no kumm Saulo mma Yonatan ne Abinadab ne Malkisua. Na ɔko no denee Saulo, na agyantofoɔ, mmarima a wɔkura tadua no hunuu no, na wɔtoo no piraa no. Na Saulo ka kyerɛɛ n’akodeɛkurani sɛ: Twe wo nkrantɛ fa wɔ me, na momonotofoɔ yi amma ammɛwɔ me na wɔammɛgoro me atɔprɛ. Na n’akodeɛkurani no ampene, ɛfiri sɛ na ɔsuro pii. Ɛnna Saulo faa nkrantɛ na ɔhwee soɔ. Na n’akodeɛkurani no hunuu sɛ Saulo awuo no, ɔno nso hwee ne nkrantɛ so saa ara, na ɔne no wui. Saa ara na Saulo ne ne mma baasa ne n’akodeɛkurani ne ne mmarima nyinaa nso wuwuu prɛko da no ara. Na Israel mmarima a wɔwɔ bonhwa no agya ne wɔn a wɔwɔ Yordan agya hunuu sɛ Israel mmarima adwane na Saulo ne ne mma atotɔ no, wɔgyaa nkuro no hɔ dwanedwanee, na Filistifoɔ no ba bɛtenaa mu. Na adeɛ kyeeɛ a Filistifoɔ ba bɛyiyii atɔfoɔ ho adeɛ no, wɔhunuu Saulo ne ne mma baasa no sɛ wɔatotɔ wɔ Gilboa bepɔ soɔ. Na wɔtwaa ne ti, na wɔyii ne ho akodeɛ, na wɔsoma maa wɔde kyinii Filistifoɔ asase so hyiae, sɛ wɔnkɔbɔ kaseɛ wɔ wɔn abosomfie ne ɔman no mu. Na wɔde n’akodeɛ no kɔsiee Astarot dan mu, na ne funu no, wɔde sɛnee Bet-san fasuo ho. Na Yabes-gileadfoɔ tee deɛ Filistifoɔ ayɛ Saulo no, akofoɔ nyinaa sɔree nam anadwo nyinaa kɔfaa Saulo funu ne ne mma afunu no firii Bet-san fasuo no ho de baa Yabes, na wɔhyee no wɔ hɔ. Na wɔfaa wɔn nnompe kɔkoraa no santɛ dua no ase wɔ Yabes, na wɔdii mmuada nnanson.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Paulo, Yesu Kristo akoa, a wɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ ɔsomafoɔ na wɔayi no asi hɔ ama Nyankopɔn asɛmpa a ɔnam n’adiyifoɔ so hyɛɛ ho bɔ siee atwerɛ nsɛm kronkron no mu, wɔ ne ba a honam fam wɔwoo no Dawid aseni no ho; na wɔde tumi ayi no akyerɛ sɛ Nyankopɔn Ba, ahoteɛ honhom fam, awufoɔ sɔreɛ mu; ɔno ne Yesu Kristo, yɛn Awurade a yɛnam ne so anya adom ne asomafodwuma de rebrɛ amanaman nyinaa aso ase ama gyidie ne din nti; na mo a wɔafrɛ mo sɛ mommɛyɛ Yesu Kristo deɛ nso ka ho. Me Paulo, metwerɛ de kɔma Nyankopɔn adɔfoɔ a wɔwɔ Roma nyinaa, a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefoɔ no: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu nka mo. Deɛ ɛdi kan ne sɛ, mo nyinaa nti, menam Yesu Kristo so meda me Nyankopɔn ase, ɛfiri sɛ wɔka mo gyidie ho asɛm wiase nyinaa. Na me danseni ne Onyankopɔn a mesom no me honhom mu, ne Ba no asɛmpa no mu, sɛ mennyae mo din bɔ da, me mpaebɔ mu, na mesrɛ daa sɛ ebia Onyankopɔn pɛ a, da bi ɔnnya me kwan pa, na memmra mo nkyɛn. Ɛfiri sɛ m’ani agyina sɛ mɛhu mo, na mede honhom adom akyɛdeɛ bi mabrɛ mo abɛhyɛ mo den, ɛne sɛ ɛnam mo gyidie ne me deɛ so, yɛn nyinaa bɛnya awerɛkyekyerɛ wɔ yɛn mu. Nso, anuanom, mempɛ sɛ mede bɛsie mo sɛ mabɔ me tirim mprɛ pii sɛ anka mɛba mo nkyɛn, (nanso wɔasi me kwan abɛduru sɛsɛɛ), na manya mo nso mo mu aba bi, sɛ amanaman a aka no. Mede Helafoɔ ne Pɔtɔfoɔ anyansafoɔ ne wɔn a wɔyɛ adwenem harefoɔ no ka; saa nti na mefiri m’ahoɔden nyinaa mu masiesie me ho sɛ mɛka asɛmpa no makyerɛ mo a mowɔ Roma nso. Na m’ani nwu asɛmpa no ho, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Nyankopɔn tumi a ɛde kɔ nkwagyeɛ mu ma wɔn a wɔgye die nyinaa, Yudafoɔ kane ne Helafoɔ nso. Ɛfiri sɛ emu na wɔyi Nyankopɔn tenenee adi firi gyidie mu kɔ gyidie mu, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ɔtene firi gyidie mu no bɛnya nkwa. Na wɔda Nyankopɔn abufuo adi firi soro de tia nnipa a wɔnsuro Nyankopɔn na wɔde nneyɛɛ a ɛntene nam amumuyɛ so si nokorɛ no kwan. Ɛfiri sɛ Nyankopɔn ho adeɛ a wɔnim no da adi pefee wɔ wɔn mu, na Onyankopɔn na wayi akyerɛ wɔn. Na Nyankopɔn ho adeɛ a wɔnhunu, ɛfiri berɛ a wɔbɔɔ wiase no, ɔnam nnoɔma a wɔayɛ no dada no so ada no adi pefee ama wɔde adwene hunu mu, mekyerɛ ne daa tumi ne ne nyamesu; ɛno nti wɔnni anoyie biara; ɛfiri sɛ wɔnim Onyankopɔn deɛ, nanso wɔanhyɛ no animuonyam sɛ Onyankopɔn, na wɔanna no ase, na mmom wɔn adwene yɛ nkwasea adwene na sum ahyɛ wɔn akoma a nteaseɛ nni mu no ma. Wɔse wɔyɛ anyansafoɔ no, wɔdanee nkwasea, na wɔsakyeraa Onyankopɔn a ɔmporɔ no animuonyam yɛɛ onipa a ɔporɔ honi nsɛsoɔ, ɛne nnomaa ne ntɔteboa ne mmoa a wɔwea deɛ. Enti Onyankopɔn nso gyaa wɔn maa efideɛ, wɔn akoma akɔnnɔ mu, sɛ wɔngu wɔn nipadua ho fi wɔ wɔn mu; ɛfiri sɛ wɔsesaa Nyankopɔn nokorɛ no gyee atorɔ, na wɔsɔree somm abɔdeɛ sene Ɔbɔadeɛ a wɔhyira no daa no. Amen. Yei nti Onyankopɔn gyaa wɔn maa aniwuo akɔnnɔ. Na wɔn mmaa de honam fam ayɔnkofa yɛbea a ɛyɛ ne kwan soɔ no sesaa deɛ ɛmfa ne kwan soɔ; saa ara nso na mmarima gyaa wɔne ɔbaa nkitahodie yɛbea a ɛyɛ ne kwan soɔ no maa wɔn mfɛfoɔ mmarima ho akɔnnɔ dɛree wɔn mu, na mmarima ne mmarima yɛɛ adapaadeɛ, na wɔde nyaa akatua a ɛsɛ wɔn nnaadaa, wɔn ara mu. Na sɛdeɛ wɔammu sɛ wɔbɛkura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ deɛ ɛmfata, sɛ nnipa a adeɛ a ɛntene nyinaa, amumuyɛ, anibereɛ, nnebɔne ayɛ wɔn ma. Nitan, awudie, akasakasa, nsisie, ɔbra bɔne ahyɛ wɔn ma. Wɔyɛ asutufoɔ, nsekubɔfoɔ, Onyankopɔn atamfoɔ, anoɔdenfoɔ, ahantanfoɔ, ahohoahoafoɔ, nnebɔne farebaefoɔ, awofoɔ asɛm ho asoɔdenfoɔ, wɔnni ti, apamsɛefoɔ, wɔnni tema, wɔnni mmɔborɔhunu. Na wɔnim Nyankopɔn ahyɛdeɛ yie sɛ owuo na ɛsɛ wɔn a wɔyɛ saa nnoɔma yi deɛ, nanso ɛnyɛ yɛ nko ara na wɔyɛ, na mmom wɔpene wɔn a wɔyɛ saa adeɛ no bi no so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Enti wo onipa biara a wobu atɛn no, anoyie biara nni hɔ mma wo; ɛfiri sɛ deɛ wobu obi atɛn wɔ mu no, wobu wo ara wo ho fɔ, ɛfiri sɛ wo a wobu atɛn no woyɛ saa adeɛ no ara. Nanso yɛnim sɛ Nyankopɔn atemmuo fa ne kwan so pɛpɛɛpɛ, ba wɔn a wɔyɛ saa nnoɔma no so. Na, wo onipa a wobu wɔn a wɔyɛ saa nnoɔma no atɛn na woyɛ saa ara no, wosusu sɛ wobɛdwane Nyankopɔn atemmuo no anaa? Anaasɛ wote n’ayamyɛ ne ne boasetɔ ne n’abodwokyɛre mapa no ho atua a, wonim sɛ Nyankopɔn ayamyɛ de wo rekɔ adwensakyera mu? Na w’akoma den ne akoma pirim nti, woreboaboa abufuo ano de atwɛn abufuo ne Nyankopɔn atɛntenenee no adiyie da no. Ɔno na ɔbɛsusu nnipa nyinaa nnwuma so adeɛ ama wɔn mmaako mmaako. Wɔn a wɔde papayɛ mu boasetɔ hwehwɛ animuonyam ne anidie ne adeɛ a ɛmporɔ no, ɔbɛma wɔn daa nkwa. Na wɔn a wɔfiri atutupɛ mu, na wɔntie nokorɛ, na wɔtie deɛ ɛntene no, abufuo ne abufuhyeɛ bɛba wɔn so. Aane, ahohia ne ahometeɛ bɛba nnipa a wɔyɛ bɔne nyinaa so, Yudafoɔ kane ne Helafoɔ nso, na mmom wɔn a wɔyɛ papa no nyinaa deɛ, animuonyam ne anidie ne asomdwoeɛ bɛba ama wɔn, Yudafoɔ kane ne Helafoɔ nso bi. Na nnipa mu nyiyimu ne animhwɛ nni Nyankopɔn fam. Na dodoɔ a wɔnni mmara na wɔyɛ bɔne no, wɔbɛkwati mmara nso ayera. Na dodoɔ a wɔyɛ bɔne, mmara mu no, wɔnam mmara no so bɛbu wɔn atɛn. Na ɛnyɛ mmaratiefoɔ na wɔyɛ ateneneefoɔ wɔ Nyankopɔn anim, na mmom mmara sodifoɔ na wɔbɛbu wɔn bem. Na amanaman mufoɔ a wɔnni mmara no de wɔn awosu yɛ mmara no mu nnoɔma a, yeinom a wɔnni mmara no yɛ mmara ma wɔn ho. Wɔde yei kyerɛ sɛ, wɔatwerɛ mmara adwuma no wɔ wɔn akoma mu, na wɔn ahonim nso di wɔn adanseɛ, na wɔn nsusuiɛ toto wɔn ano, anaasɛ nso ɛtwitwa gye wɔn, ɛda a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so bɛbu nnipa kokoa mu nsɛm atɛn sɛdeɛ m’asɛmpa teɛ no. Na sɛ wɔfrɛ wo Yudani, na wode wo ho twere mmara, na wohoahoa wo ho Nyankopɔn mu, na wohunu deɛ ɔpɛ, na wogye nnoɔma a ɛyɛ pa ara no to mu, ɛnam sɛ wɔfiri mmara mu kyerɛkyerɛ woɔ nti, na wode wo ho to wo ho so sɛ woyɛ onifirani kwankyerɛni, wɔn a wɔwɔ sum mu hann, nkwasea fotufoɔ, nkɔkoaa kyerɛkyerɛfoɔ, sɛ woawedare wɔ nimdeɛ ne nokorɛ a ɛwɔ mmara no mu a; afei wo a wokyerɛkyerɛ obi no, wonkyerɛkyerɛ wo ho? Wo a woka sɛ wɔnnwia adeɛ no, ɛnna wowia adeɛ yi? Wo a wose wɔnnsɛe awadeɛ no, ɛnna wosɛe awadeɛ yi? Wo a wokyiri ohoni no, ɛnna wofom asɔrefie nnoɔma yi? Wo a wohoahoa wo ho mmara mu no, ɛnyɛ nam na wonam mmaratoɔ so de Nyankopɔn anim twitwiri fam anaa? Na mo nti wɔsɛe Nyankopɔn din amanaman mu, sɛdeɛ wɔatwerɛ no. Na sɛ wodi mmara no so deɛ a, twetiatwa ho wɔ mfasoɔ; nanso woto mmara no deɛ a, na wo twetiatwa no adane momonotoyɛ. Enti sɛ momonotoni no di mmara mu nsɛntenenee so a, wɔremmu ne momonotoyɛ no sɛ twetiatwa anaa? Na deɛ wɔawo no momonoto a ɔdi mmara no soɔ no bɛbu wo a wonim atwerɛ no, na woyɛ twetiani nanso woto mmara no atɛn! Na ɛnyɛ deɛ ɔda adi saa, na ɔyɛ Yudani, nso ɛnyɛ deɛ ɛda adi saa ɔhonam mu na ɛyɛ twetiatwa, na mmom Yudani pa ara ne deɛ ɔte saa wɔ ne mu, na twetiatwa pa ara ne deɛ wɔayɛ no akoma mu wɔ honhom mu, na ɛnyɛ deɛ wɔatwerɛ mu. Ɔno na n’ayeyie mfiri nnipa, na mmom ɛfiri Onyankopɔn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Afei ɛdeɛn na Yudani wɔ boro soɔ, anaasɛ twetiatwa ho mfasoɔ ne deɛn? Ɛdɔɔso akwan ahodoɔ nyinaa mu. Deɛ ɛdi kan ne sɛ, wɔde Nyankopɔn nsɛm ahyɛ wɔn nsa. Na sɛ ebinom annye anni ɛ? Wɔn gyeɛ a wɔnnye nnie no bɛma Nyankopɔn gyidie no adane hunu anaa? Dabi da, na mmom ma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ, na nnipa nyinaa nyɛ atorofoɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ɛbɛyɛ na woadi bem wɔ wo nsɛm mu, na wobu atɛn a, woadi nkonim. Na sɛ tene a yɛntene yi na ɛyi Nyankopɔn tenenee no kyerɛ a, yɛbɛse deɛn? Onyankopɔn ntene sɛ ɔde abufuo ba yɛn so anaa? (Meka no nnipa mu.) Dabi da! Sɛ ɛte saa a, anka Onyankopɔn bɛbu wiase atɛn sɛn? Na sɛ Onyankopɔn nokorɛ da adi mmoroso wɔ m’atorɔ mu kɔ n’animuonyam mu a, adɛn na woda so bu me atɛn sɛ ɔdebɔneyɛni? Na adɛn nti na yɛnka sɛ (sɛdeɛ wɔtwa to yɛn so, na ebinom ka sɛ, yɛse:) Momma yɛnyɛ bɔne, na papa mmra? Wɔbɛbu wɔn fɔ sɛdeɛ ɛfata. Ɛnneɛ na ɛdeɛn? Yɛn Yudafoɔ sene yeinom anaa? Yɛnsene wɔn koraa. Na yɛde akane nsɛm no akyekyere Yudafoɔ ne Helafoɔ nyinaa sɛ, wɔhyɛ bɔne ase, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Ɔteneneeni biara nni hɔ, ɔbaako mpo nni hɔ. Obiara nni hɔ a ɔwɔ nteaseɛ, obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan. Wɔn nyinaa amane, wɔn nyinaa ayɛ deɛ mfasoɔ nni wɔn so, obiara nni hɔ a ɔyɛ papa, ɔbaako mpo nni hɔ. Wɔn mene yɛ ɛda a abue, wɔde wɔn tɛkyerɛma daadaa; nhuritia borɔ wɔ wɔn anofafa ase. Nnome ne ade nwononwono ahyɛ wɔn anomu ma. Wɔn nan yɛ hare mogya hwieguo ho, pasaayɛ ne amanehunu wɔ wɔn akwan mu, na asomdwoeɛ kwan deɛ, wɔnnim. Nyankopɔn suro biara nni wɔn ani so. Na yɛnim sɛ biribiara a mmara seɛ no, ɛka kyerɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase, na wɔamua obiara ano, na wiase nyinaa aba Nyankopɔn atemmuo mu. Ɛfiri sɛ wɔremfiri mmara nnwuma mu mmu honam biara bem n’anim; na mmara so na wɔnam hunu bɔne yie. Na afei wɔakwati mmara ayi Nyankopɔn tenenee adi; ɛho adanseɛ na mmara ne adiyifoɔ die. Na ɛyɛ Nyankopɔn tenenee a ɛnam Yesu Kristo ho gyidie soɔ hyɛne wɔn a wɔgye die nyinaa mu no na ɛba wɔn nyinaa soɔ. Na nsonsonoeɛ biara nni mu, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Nyankopɔn animuonyam abɔ wɔn, na wɔde n’adom nam ɔgyeɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no so bu wɔn bem kwa. Ɔno na Onyankopɔn de no asi hɔ sɛ mpatadeɛ a ɛnam gyidie so wɔ ne mogya mu, na ɔde akyerɛ ne tenenee sɛ nnebɔne a wɔayɛ kane no wama no atwa mu Nyankopɔn boasetɔ mu no nti. Na ɔde akyerɛ ne tenenee no wɔ ɛberɛ yi mu, na ɔno ara atene, na wabu deɛ ɔfiri Yesu ho gyidie mu no nso bem ama no atene bi. Afei ahohoahoa wɔ he? Wɔatu ɛno afiri mu. Ɛnam mmara bɛn so? Nnwuma deɛ so anaa? Dabi, na mmom ɛnam gyidie mmara so. Enti na yɛbu no sɛ wɔkwati mmara nnwuma de gyidie na ɛbu onipa bem. Onyankopɔn yɛ Yudafoɔ nko ara dea anaa? Ɔnyɛ amanaman mufoɔ no nso dea bi anaa? Ampa, ɔyɛ amanaman mufoɔ dea nso. Sɛ ɛte saa deɛ a, ɛnneɛ na ɛyɛ Onyankopɔn koro no ara a ɔfiri gyidie mu bu twetiafoɔ bem no, na ɔnam gyidie soɔ bu momonotofoɔ bem. Ɛnneɛ na yɛnam gyidie so tuu mmara no guiɛ anaa? Dabi da, na mmom yɛma mmara no ase tim.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Afei ɛdeɛn na yɛbɛka afa yɛn honam fam tete agya Abraham ho? Na sɛ ɛfiri nnwuma mu na wɔbuu Abraham bem a, ɛnneɛ na ɔwɔ deɛ ɔde hoahoa ne ho, nanso ɛnyɛ Nyankopɔn anim. Na ɛdeɛn na twerɛ no seɛ? Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ, na wɔbuu ɛno sɛ tenenee maa no. Na deɛ ɔyɛ nnwuma no deɛ, wɔmmu n’akatua sɛ adom, na mmom sɛ ɛka bi a wɔretua ama no. Na deɛ ɔnyɛ nnwuma, na ɔgye deɛ ɔbu obusuyɛfoɔ bem die no, wɔbu ne gyidie sɛ tenenee ma no. Sɛdeɛ Dawid nso ka sɛ, nhyira no yɛ onipa a Onyankopɔn kwati nnwuma bu tenenee ma no no dea, sɛ: Nhyira ne wɔn a wɔde wɔn mmarato akyɛ wɔn, na wɔn bɔne so akata. Nhyira ne onipa a Awurade mmu ne bɔne ngu ne soɔ. Ɛnneɛ na nhyira yi ba twetiatwafoɔ nko so, anaa momonotofoɔ nso so? Ɛfiri sɛ yɛka sɛ wɔbuu gyidie sɛ tenenee maa Abraham. Na wɔbu maa no sɛn? Ɔwɔ twetiatwa mu anaa momonotoyɛ mu no a? Ɛnyɛ twetiatwafoɔ mu, na mmom momonotoyɛ mu. Na ɔnyaa twetiatwa nsɛnkyerɛnneɛ sɛ ne momonotoyɛ mu gyidie a ɔde nyaa tenenee no nsɔano, na wayɛ momonotoyɛ mu gyidifoɔ nyinaa agya, na wɔabu tenenee no ama wɔn nso, na wayɛ twetiafoɔ agya nso, a ɛnyɛ sɛ wɔfiri twetiatwa mu nko, na mmom sɛ wɔtiatia yɛn agya Abraham gyidie a na ɔwɔ, ɛberɛ a na ɔyɛ momonoto no anammɔn mu bi. Na ɛnyɛ mmara so na ɛbɔ a wɔhyɛɛ Abraham ne n’asefoɔ sɛ wɔbɛyɛ wiase adedifoɔ no nam baeɛ, na mmom ɛnam gyidie tenenee so. Na sɛ wɔn a wɔfiri mmara mu no yɛ adedifoɔ a, na gyidie no ayɛ kwa na bɔhyɛ no adane ohunu; ɛfiri sɛ mmara no twe abufuo ba. Na deɛ mmara bi nnie no, mmarato nso nni hɔ. Enti ɛfiri gyidie mu, sɛ ɛmfiri adom mu mmra, na bɔhyɛ no atim ama n’asefoɔ no nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wɔfiri mmara mu no nko, (na mmom wɔn a wɔfiri Abraham a ɔyɛ yɛn nyinaa agya, gyidie mu no nso bi, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Mede wo mayɛ amanaman mufoɔ bebree agya,) Onyankopɔn a ɔgyee no diiɛ a ɔnyane awufoɔ, na ɔfrɛ nnoɔma a ɛmmaeɛ sɛ nnoɔma a ɛwɔ hɔ no anim. Ɔno na faako a anidasoɔ nnie no, ɔgyinaa anidasoɔ so gye diiɛ, na wayɛ amanaman mufoɔ bebree agya, sɛdeɛ wɔaka no sɛ: Sɛdeɛ w’asefoɔ bɛyɛ ne no. Na wanyɛ mmerɛ gyidie mu, anhwɛ ne nipadua, sɛ wadi mfirinhyia bɛyɛ ɔha nti, anya awu, ne Sara yafunu a emu ato no; na Nyankopɔn bɔhyɛ no ho deɛ, wamfa ɔgyeɛ a wɔnnye nnie annye kyim, na mmom ɔnyaa gyidie mu ahoɔden hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam, na ɔnim ampa sɛ, deɛ wahyɛ ho bɔ no, ɔbɛtumi ayɛ nso. Enti nso wɔbuu no sɛ tenenee maa no. Na ɛnyɛ ne nko nti na wɔatwerɛ yei, sɛ wɔbuu no saa maa no, na mmom yɛn nso a yɛgye deɛ ɔnyanee yɛn Awurade Yesu firii awufoɔ mu no die no, wɔbɛbu no saa ama yɛn; ɔno na yɛn mfomsoɔ nti wɔyii no maeɛ, na yɛn bembuo nti, wɔnyanee no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Afei ɛfiri gyidie mu na wɔabu yɛn bem nti, yɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so wɔ Nyankopɔn fam asomdwoeɛ; ɔno nso so na yɛnam de gyidie anya adom yi a yɛwɔ mu no mu kwan, na yɛhoahoa yɛn ho Nyankopɔn animuonyam ho anidasoɔ mu. Na ɛnyɛ yei nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho ahohia mu nso, ɛfiri sɛ yɛnim sɛ ahohia de boasetɔ ba, na boasetɔ de osuahunu ba, na osuahunu de anidasoɔ ba. Na anidasoɔ nhyɛ aniwuo, ɛfiri sɛ wɔnam Honhom Kronkron a wɔde ama yɛn no so ahwie Nyankopɔn dɔ agu yɛn akoma mu. Na yɛda so yɛ mmerɛ no, berɛ a ɛsɛ mu no, Kristo wu maa abusuyɛfoɔ. Na ɛbɛyɛ den sɛ obi bɛwu ama deɛ ɔyɛ onipa tenenee mpo; na deɛ ɔyɛ onipa pa no deɛ, ebia anka obi bɛsi ne bo sɛ ɔbɛwu ama no. Na Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, ɛfiri sɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn. Enti afei mmom a wɔabu yɛn bem wɔ ne mogya mu yi, wɔnam ne so bɛgye yɛn nkwa afiri abufuo no mu. Na sɛ, berɛ a yɛyɛ atamfoɔ no, wɔnam ne Ba no wuo so apata yɛn ne Nyankopɔn ntam a, afei mmom a wɔapata ama yɛn yi, wɔbɛgye yɛn nkwa mmoroso wɔ ne nkwa no mu. Na ɛnyɛ yei nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn mu, ɛsiane Awurade Yesu Kristo a yɛnam no so seesei anya mpata yi. Yei nti, sɛdeɛ ɛnam onipa baako so na bɔne baa wiase, na owuo nam bɔne so baeɛ no, saa ara na ɛyɛeɛ na owuo trɛ kaa nnipa nyinaa, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Na bɔne wɔ wiase ansa na mmara no reba, nso mmara nni hɔ a, wɔmfa bɔne mmu nkonta. Nanso owuo dii hene firi Adam so bɛsii Mose so; wɔn a wɔanyɛ Adam mmarato no nsɛso so bɔne mpo, ɔdii wɔn so bi; saa Adam yi ara nso ne deɛ ɔbɛba no nsususoɔ. Na ɛnyɛ sɛdeɛ mfomsoɔ no teɛ na adom akyɛdeɛ no nso teɛ, ɛfiri sɛ ɔbaakofoɔ mfomsoɔ nti nnipa bebree awu a, Nyankopɔn adom, ne onipa baako a ɔne Yesu Kristo no mu adom akyɛdeɛ aboro so ama nnipa bebree akyɛne saa. Na ɛnyɛ sɛ deɛ ɛnam ɔbaakofoɔ a ɔyɛɛ bɔne no so baeɛ no na akyɛdeɛ no teɛ, na atemmuo no firi ɔbaakofoɔ na ɛdane afobuo, na adom akyɛdeɛ no firi mfomsoɔ pii mu na ɛdane bembuo. Na sɛ ɛnam ɔbaakofoɔ no so na owuo de ɔbaakofoɔ no mfomsoɔ dii hene a, wɔn a wɔanya adom ne tenenee akyɛdeɛ a ɛboro soɔ no mmom nam ɔbaakofoɔ no, Yesu Kristo so bɛdi ahene wɔ nkwa mu. Enti afei, sɛdeɛ afobuo nam ɔbaakofoɔ mfomsoɔ so baa nnipa nyinaa soɔ no, sɛ nso nkwa bembuo nam ɔbaakofoɔ tenenee soɔ baa nnipa nyinaa soɔ ne no. Na sɛdeɛ nnipa bebree no nam onipa baako no asoɔden so bɛyɛɛ nnebɔneyɛfoɔ no, sɛ nso bebree no nam ɔbaakofoɔ no setie so bɛyɛ ateneneefoɔ ne no. Na mmara no deɛ, ɛbaa sɛ mfomsoɔ no nnɔɔso, na deɛ bɔne adɔɔso no, adom aboro so akyɛne no. Na sɛdeɛ bɔne dii hene owuo mu no, adom nso nam tenenee so adi hene afa yɛn Awurade Yesu Kristo so kɔ daa nkwa mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Enti afei yɛbɛka sɛn? Yɛntena bɔne mu na adom no nnɔɔso anaa? Dabi da, yɛn a yɛwu maa bɔne no, ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛkɔ so atena ase wɔ mu? Anaasɛ monnim sɛ, yɛn mu dodoɔ a wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ ne wuo mu anaa? Enti wɔnam owuo mu asubɔ so asie yɛne no sɛ, sɛdeɛ wɔnam Agya no animuonyam so nyanee Kristo firii awufoɔ mu no, saa ara na yɛn nso yɛnnante nkwa foforɔ mu. Na sɛ wɔatɛ yɛn ne no wɔ ne wuo mu a, ɛnneɛ yɛnam ne wusɔreɛ no so ne no bɛbom afifiri. Na yɛnim yei sɛ wɔabɔ yɛn nipa dada ne no asɛnnua mu, sɛ bɔne no nipadua nwu, na yɛansom bɔne bio; ɛfiri sɛ deɛ wawuo no, wɔabu no bem afiri bɔne ho. Na sɛ yɛne Kristo awu a, yɛgye di sɛ yɛne no bɛtena ase nso, na yɛnim sɛ Kristo a wɔnyanee no firii awufoɔ mu no renwu bio; na owuo renni ne so bio. Na deɛ ɔwuiɛ no, ɔwu maa bɔne prɛko, na deɛ ɔte aseɛ no, ɔte ase ma Onyankopɔn. Saa ara na mo nso mommu mo ho sɛ moawu ama bɔne, na mote ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu. Enti mommma bɔne nnni mo nipadua a ɛbɛwuo no so hene, sɛ mobɛtie no n’akɔnnɔ mu; nso mommfa mo honam akwaa mmma bɔne sɛ amumuyɛ akodeɛ, na mmom momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ wɔn a wɔfiri awufoɔ mu te aseɛ, na momfa mo honam akwaa mma Onyankopɔn sɛ tenenee akodeɛ. Na bɔne renni mo so, ɛfiri sɛ monni mmara ase, na mmom mowɔ adom ase. Ɛnneɛ na ɛdeɛn? Yɛnyɛ bɔne, ɛfiri sɛ yɛnni mmara ase, na mmom adom ase anaa? Dabi da. Monnim sɛ, deɛ mode mo ho ma no sɛ nkoa na motie no no, sɛ bɔne a ɛde kɔ owuo mu deɛ oo, asoɔmmerɛ a ɛde kɔ tenenee mu deɛ oo, ɔno a motie no no ara na ne nkoa ne mo anaa? Na aseda nka Onyankopɔn, sɛ moayɛ bɔne nkoa pɛn, na afei mofiri akoma mu abrɛ mo aso ase ama nkyerɛkyerɛ sononko a wɔde mo ahyɛ mu no. Na moade mo ho wɔ bɔne ho yi, moabɛyɛ tenenee nkoa. Mo honam mmerɛ nti na merekasa makyerɛ mo wɔ nnipa famu. Na sɛdeɛ mode mo honam akwaa maeɛ, de somm efi ne mmaratodeɛ de kɔɔ mmaratodeɛ mu no, saa ara na afei momfa mo honam mma mfa nsom tenenee nkɔ ahoteɛ mu. Na berɛ a na moyɛ bɔne nkoa no, na moatwe mo ho afiri tenenee ho. Na aba bɛn na saa berɛ no monya firii nnoɔma a afei deɛ, mo ani wu ho no mu? Saa nnoɔma no awieeɛ ne owuo. Na afei wɔayi mo afiri bɔne mu na mosom Onyankopɔn yi, mowɔ aba a ɛde kɔ ahoteɛ mu na n’awieeɛ ne daa nkwa. Na bɔne akatua ne owuo; na Nyankopɔn adom akyɛdeɛ ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Anaasɛ, anuanom, monnim, na merekasa mekyerɛ wɔn a wɔnim mmara no, sɛ mmara di onipa so ne nkwa nna nyinaa anaa? Na ɔbaa a ɔhyɛ ne kunu aseɛ deɛ, wɔde mmara akyekyere no asa ne kunu, berɛ a ɔte aseɛ no; na sɛ ne kunu no wu a, wɔasane no afiri okunu no mmara no ho. Enti ne kunu no da so te aseɛ no, sɛ ɔde ne ho kɔbɔ ɔbarima bi ho a, wɔbɛfrɛ no ɔwaresɛefoɔ; na sɛ ne kunu no wu a, na wayi ne ho afiri mmara no ho, na sɛ ɔkɔware ɔbarima foforɔ a, na ɔnyɛ ɔwaresɛefoɔ. Saa nti, me nuanom, mo nso, wɔnam Kristo nipadua so akum mo ama mmara no, sɛ monkɔyɛ ɔfoforɔ a ɔno ne deɛ wɔanyane no afiri awufoɔ mu no deɛ, na yɛaso aba ama Onyankopɔn. Na yɛwɔ ɔhonam mu no, nnebɔne nhyɛsodeɛ nam mmara no so yɛɛ adwuma wɔ yɛn honam akwaa mu, sɛ yɛnso aba mma owuo. Na afei deɛ, ɛnam sɛ yɛawu ama deɛ ɛkyekyeree yɛn no nti, wɔasane yɛn afiri mmara no ho ma yɛsom honhom foforɔyɛ mu, na ɛnyɛ atwerɛ dadayɛ mu. Enti afei yɛbɛka sɛn? Mmara no yɛ bɔne anaa? Dabi da, na mmom sɛ ɛnyɛ mmara no nti a, anka mennim bɔne, na sɛ mmara anka sɛ: Mma w’ani mmmere ade a, anka mennim akɔnnɔ. Na bɔne no nam mmara asɛm no so nyaa kwan yɛɛ akɔnnɔ nyinaa wɔ me mu; na sɛ mmara nni hɔ a, na bɔne nso awu. Na me deɛ, makwati mmara no matena ase pɛn; nanso mmara asɛm no baeɛ no, bɔne nyanee bio; na me deɛ, mewui, na saa mmara korɔ no ara a ɛhyɛɛ me nkwa ho bɔ no, ɛno ara nso abɛyɛ owuo ama me. Na bɔne no nam mmara asɛm no so nyaa kwan daadaa me, na ɛnam so kumm me. Enti mmara no yɛ kronkron, na mmara asɛm no yɛ kronkron ne tenenee ne papa. Ɛnneɛ na deɛ ɛyɛ papa no adane owuo ama me anaa? Dabi da, na ɛyɛ bɔne no mmom, na ada adi sɛ bɔne a ɛnam deɛ ɛyɛ papa no so mpo de owuo aba me soɔ, na bɔne no nam mmara asɛm no so ayɛ bɔne atra so. Na yɛnim sɛ mmara no yɛ honhom mu adeɛ, na me deɛ, meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me ahyɛ bɔne aseɛ. Na deɛ meyɛ no, menhunu; ɛfiri sɛ ɛnyɛ deɛ mepɛ na meyɛ, na mmom deɛ mekyire no, ɛno na meyɛ. Na sɛ deɛ mempɛ no na meyɛ a, ɛnneɛ na mepene so sɛ mmara no yɛ. Ɛnneɛ na afei ɛnyɛ me na meyɛ bio, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no a. Na menim sɛ papa biara nte me mu, mekyerɛ me nipasu mu, ɛfiri sɛ papa ho pɛ deɛ, ɛwɔ me mu, na mmom sɛdeɛ mɛyɛ no deɛ, mentumi. Na papa a mepɛ no, menyɛ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɛ. Na sɛ deɛ mempɛ no meyɛ a, ɛnneɛ ɛnyɛ me na meyɛ bio, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no a. Ɛnneɛ mehunu mmara yi sɛ, me a mepɛ sɛ meyɛ deɛ ɛyɛ no, bɔne wɔ me mu. Na me mu-nipa fam deɛ, m’ani gye Nyankopɔn mmara ho; nanso mehunu mmara foforɔ bi wɔ me honam akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ me honam akwaa mu no. Me manehunufoɔ! Hwan na ɔbɛyi me afiri saa owuo nipadua yi mu? Na afei aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn! Ɛnneɛ afei me ara mede m’adwene mesom Nyankopɔn mmara, na ɔhonam deɛ, mede mesom bɔne mmara.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnneɛ afei afobuo biara nni hɔ ma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu. Na Kristo Yesu mu nkwa honhom mmara no agye me afiri bɔne ne owuo mmara no mu. Na deɛ mmara no antumi anyɛ, ɛnam sɛ honam maa no yɛɛ mmerɛ nti, Onyankopɔn somaa ɔno ara ne Ba, bɔne honam suban mu, ɛne bɔne nti, na ɔde buu bɔne no fɔ honam no mu sɛ mmara no asɛntenenee mmra mu wɔ yɛn a yɛnnante honam fam, na mmom yɛnam honhom deɛ mu no ho. Na wɔn a wɔnam honam fam no dwene honam deɛ, na wɔn a wɔnam honhom deɛ mu no dwene honhom deɛ. Na honam adwene yɛ owuo, na honhom adwene no deɛ, ɛyɛ nkwa ne asomdwoeɛ. Ɛfiri sɛ honam adwene yɛ nitan a ɛtane Onyankopɔn, na ɛmfa ne ho nhyɛ Nyankopɔn mmara no aseɛ, na mpo ɛntumi; na wɔn a wɔwɔ honam mu no ntumi nsɔ Nyankopɔn ani. Na mo deɛ, monni honam mu, na mmom mowɔ honhom mu, nanso gye sɛ Nyankopɔn honhom te mo mu. Na sɛ obi nni Kristo honhom a, ɔnyɛ ne dea. Na sɛ Kristo wɔ mo mu a, bɔne nti nipadua no awu deɛ, nanso tenenee nti honhom no ma nkwa. Na sɛ deɛ ɔnyanee Yesu firii awufoɔ mu no Honhom te mo mu a, deɛ ɔnyanee Kristo Yesu firii awufoɔ mu no bɛma mo nipadua a ɛwuo yi nso nkwa, ɛnam ne honhom a ɛte mo mu no so. Enti afei, anuanom, ɛnyɛ honam na yɛde no ka na yɛatena ase honam fam. Na sɛ mote ase honam fam a, mobɛwu; na sɛ monam honhom no mu kum nipadua no nneyɛɛ a, mobɛtena ase. Na dodoɔ a Onyankopɔn honhom di wɔn kan no, wɔn na wɔyɛ Nyankopɔn mma. Na moannya akoayɛ honhom a mode bɛsuro bio, na mmom moanya abayɛ honhom a ɛno mu na yɛtea mu sɛ: Abba, Agya! Honhom no ara ne yɛn honhom di adanseɛ sɛ yɛyɛ Nyankopɔn mma. Na yɛyɛ mma a, yɛyɛ adedifoɔ nso, Nyankopɔn adedifoɔ ne Kristo yɔnkoadedifoɔ, nanso gye sɛ yɛne no hunu amane ansa na wɔahyɛ yɛn ne no animuonyam bi. Na mebu no sɛ seesei berɛ yi mu amaneɛ yi nnuru animuonyam a wɔrebɛyi no adie de ama yɛn no. Na abɔdeɛ no ani agyina retwɛn Nyankopɔn mma ahoyie. Na wɔde abɔdeɛ no ahyɛ ade hunu ase, ɛnyɛ ɛno ara na ɛpɛ, na mmom deɛ ɔde hyɛɛ aseɛ no ntira, anidasoɔ mu, sɛ abɔdeɛ no ara nso bɛfa ne ho adi afiri ɔsom a ɛsom porɔeɛ no mu akɔ Nyankopɔn mma animuonyam adehyedie mu. Na yɛnim sɛ abɔdeɛ nyinaa penepene, na ɛko awoɔ bɛduru nnɛ yi. Na ɛnyɛ ɛno nko, na yɛn ara nso a yɛwɔ Honhom no aba a ɛdi kan no, yɛn nso yɛsi apini retwɛn abayɛ a ɛne ɔgyeɛ a wɔbɛgye yɛn nipadua no. Na anidasoɔ mu na wɔgyee yɛn nkwa; na anidasoɔ a wɔhunu nyɛ anidasoɔ; na deɛ obi hunu no, ɛbɛyɛ dɛn na n’ani bɛda soɔ? Na sɛ yɛn ani da deɛ yɛnhunu so a, yɛde boasetɔ twɛn. Saa ara nso na Honhom no boa yɛn wɔ yɛn mmerɛyɛ mu, ɛfiri sɛ sɛdeɛ yɛbɛbɔ mpaeɛ a ɛsɛ no, yɛnnim, nanso Honhom no ara de ɔpene a ɛnni kabea di ma yɛn. Na deɛ ɔpɛɛpɛɛ akoma mu no nim adekodeɛ a ɛyɛ Honhom no adwene, ɛfiri sɛ ɔdi ma ahotefoɔ no sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ. Na yɛnim sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, adeɛ nyinaa di boa wɔn ma no wie wɔn yie, wɔn a wɔnam ne tirimbɔ no so afrɛ wɔn no. Na wɔn a ɔhunuu wɔn sieeɛ no, wayi wɔn ato hɔ nso, sɛ wɔnsɛ ne ba no suban, na wayɛ anuanom pii mu abakan. Na wɔn a ɔyii wɔn too hɔ no, wafrɛ wɔn nso; na wɔn a ɔfrɛɛ wɔn no, wabu wɔn bem nso, na wɔn a ɔbuu wɔn bem no, wahyɛ wɔn animuonyam nso. Na afei yɛbɛse yeinom ho deɛn? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hwan na ɔne yɛn bɛdi asie? Deɛ wankame yɛn ɔno ara ne ba, na mmom yɛn nyinaa nti ɔyii no maeɛ no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔremfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn? Hwan na ɔbɛtoto wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no ano? Onyankopɔn ne deɛ ɔbu bem; hwan ne deɛ ɔbu fɔ? Kristo Yesu ne deɛ ɔwuiɛ, na mpo wanyane, na ɔte Nyankopɔn nifa nso, nanso ɔdi ma yɛn. Hwan na ɔbɛtete yɛne Kristo dɔ mu? Ahohia anaa ahometeɛ anaa ɔtaa anaa ɛkɔm anaa adagya anaa amanenya anaa nkrantɛ? Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Wo nti wɔku yɛn daa nyinaa; wɔbu yɛn sɛ nnwanten a wɔrebɛku wɔn. Nanso yeinom nyinaa mu na yɛnam deɛ ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro soɔ. Na megye medi ampa sɛ, owuo anaa nkwa, anaa abɔfoɔ, anaa atumfoɔ, anaa nnoɔma a ɛwɔ hɔ, anaa nnoɔma a ɛrebɛba, anaa ahoɔden, anaa ɔsoro, anaa ebunu, anaa abɔdeɛ foforɔ biara rentumi ntete yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mereka nokorɛ no Kristo mu, menni atorɔ, na m’ahonim nso redi me adanseɛ Honhom Kronkron mu sɛ: Medi awerɛhoɔ kɛseɛ ne daa yea wɔ m’akoma mu. Na anka mepɛ sɛ wɔyi me ara firi Kristo ho, yɛ abusudeɛ ma me nuanom a honam fam wɔyɛ m’abusuafoɔ, na wɔyɛ Israelfoɔ a abayɛ ne animuonyam, ne apam ahodoɔ ne mmarahyɛ ne nyamesom ne bɔhyɛ ahodoɔ no yɛ wɔn dea; na agyanom no nso wɔ wɔn, na honam fam no, Kristo a ɔyɛ ade nyinaa so Nyankopɔn a wɔhyira no daa daa no firi wɔn mu bae. Amen. Na ɛnyɛ sɛ ebia Nyankopɔn asɛm no mu atu. Ɛfiri sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔfiri Israel mu nyinaa na wɔyɛ Israelfoɔ, nanso ɛnyɛ sɛ wɔyɛ Abraham asefoɔ nti, wɔn nyinaa yɛ Abraham mma, na mmom: Isak mu na wɔbɛfrɛ w’asefoɔ. Ɛne sɛ, ɛnyɛ honam mma no ne Nyankopɔn mma, na mmom bɔhyɛ mma no na wɔbu wɔn asefoɔ. Ɛfiri sɛ bɔhyɛ asɛm no ni: Afeda sɛsɛɛ mɛba, na Sara anya ɔba. Na ɛnyɛ yei nko, na Rebeka nso ne ɔbaakofoɔ a ɔne yɛn agya Isak no nyinsɛneeɛ, na ɔnnya nwoo mma no, na wɔnnya nyɛɛ papa anaa bɔne no, deɛ ɛbɛyɛ na Onyankopɔn tiri mu a ɔbɔɔ no nyiyimu soɔ no atena hɔ, na amfiri nnwuma mu, na mmom ɛnam ne frɛ so nti, wɔsee no sɛ: Ɔpanin no bɛsom akumaa no; sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Medɔɔ Yakob, na metanee Esau. Enti afei yɛbɛka sɛn? Adeɛ a ɛntene wɔ Nyankopɔn hɔ anaa? Dabi da! Na ɔsee Mose sɛ: Deɛ mehu no mmɔbɔ no ara na mɛhu no mmɔbɔ, na deɛ me yam hyehye me ma no no ara na me yam bɛhyehye me ama no. Ɛnneɛ na ɛmfiri deɛ ɔpɛ anaa deɛ ɔtu mmirika no, na mmom ɛfiri Onyankopɔn a ɔhunu mmɔborɔ no. Na atwerɛ no see Farao sɛ: Yei ara nti na mama wo so sɛ mɛyi me tumi adi wɔ wo mu, na wɔabɔ me din asase nyinaa so. Ɛnneɛ na deɛ ɔpɛ na ɔhu no mmɔborɔ, na deɛ ɔpɛ na ɔma n’akoma yɛ den. Na afei wobɛka akyerɛ me sɛ: Adɛn na ɔda so nunu onipa? Na hwan na ɔbɛtumi ne ne pɛ a ɔpɛ no adi asie? Ɛnneɛ, onipa, hwan ne wo a wotuatua Onyankopɔn asɛm ano? Anwonneɛ bɛse ɔnwomfoɔ sɛ: Adɛn nti na woyɛɛ me sɛɛ? Okukunwomfoɔ nni dɔteɛ so tumi sɛ ɔde dɔtetoa korɔ no ara nwono kukuo baako ma no yɛ fɛ na ɔnwono foforɔ nso a ɛnyɛ fɛ? Na sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyi n’abufuo adi, na ɔma wɔhunu ne tumidie, nanso ɔde abodwokyɛre bebree kuraa abufuo adeɛ a wɔasiesie ama ɔsɛeɛ no mu, sɛ ɔbɛma wɔahunu n’animuonyam ahonya nso mmɔborɔhunu adeɛ a wɔasiesie ama animuonyam no so a, wobɛka sɛn? Yɛn nso wafrɛ yɛn, ɛnyɛ Yudafoɔ nko ara mu, na amanaman mufoɔ nso. Sɛdeɛ ɔka no Hosea nwoma mu nso sɛ: Mɛfrɛ wɔn a wɔnyɛ me man no “me man,” ne deɛ mannɔ no no ɔdɔfo; na ɛbɛba sɛ faako a wɔsee wɔn sɛ: Monyɛ me man no, ɛhɔ ara na wɔbɛfrɛ wɔn Nyankopɔn Teasefoɔ no mma. Yesaia nso tea mu wɔ Israel ho sɛ: Sɛ Israel mma dodoɔ te sɛ mpoano anwea a, emu nkaeɛ no na wɔbɛgye wɔn nkwa; ɛfiri sɛ Awurade bɛdi n’asɛm asase so awie atwa no tiaa. Na sɛdeɛ Yesaia aka asie no: Sɛ asafo Awurade annya mma amma yɛn a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na wɔama yɛasɛ Gomora. Enti afei yɛbɛka sɛn? Amanaman mufoɔ a wɔanti tenenee no anya tenenee, nanso ɛyɛ tenenee a ɛfiri gyidie mu; na Israel a wɔtii tenenee mmara no deɛ, wɔanto tenenee mmara no. Ɛdeɛn ntira? Ɛfiri sɛ wɔtii no sɛ ɛmfiri gyidie mu, na mmom ɛfiri nnwuma mu; ɛfiri sɛ wɔsuntii suntiboɔ no, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Hwɛ, mede ɔbotan bi resi Sion a ɛbɛyɛ suntiboɔ ama nnipa, ɛyɛ ɔbotan a ɛbɛma wɔn ahweaseɛ; na obiara a ɔbɛgye no adie no anim rengu ase.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Anuanom, m’akoma mu adeɛ a mepɛ, ne me nkoto a mekoto mesrɛ Onyankopɔn mema wɔn ne sɛ, wɔbɛnya nkwa. Na medi wɔn adanseɛ sɛ wɔwɔ Nyankopɔn ho mmɔdemmɔ deɛ, nanso wɔnni no nimdeɛ mu. Na wɔnnim Nyankopɔn tenenee no, na wɔhwehwɛ sɛ wɔde wɔn ara tenenee si hɔ nti, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase nhyɛɛ Nyankopɔn tenenee ase. Na Kristo ne mmara no awieeɛ a ɛma wɔn a wɔgye die nyinaa kɔ tenenee mu. Na Mose twerɛ tenenee a ɛfiri mmara mu no ho asɛm sɛ: Onipa ko a ɔdi yei soɔ no bɛnya mu nkwa. Na sɛdeɛ tenenee a ɛfiri gyidie mu no ka nie: Nka no w’akoma mu sɛ: Hwan na ɔbɛforo akɔ soro? (Ɛne sɛ, sɛ wɔde Kristo bɛsiane); anaasɛ hwan na ɔbɛsiane akɔ ebunu mu? (Ɛne sɛ, sɛ wɔde Kristo bɛfiri awufoɔ mu aba). Na mmom ɛse sɛn? Asɛm no abɛn wo, w’anomu ne w’akoma mu, (ɛno ne gyidie asɛm a yɛbɔ no dawuro no). Na sɛ wode w’ano pae mu ka sɛ Yesu ne Awurade, na wode w’akoma gye di sɛ Onyankopɔn anyane no afiri awufoɔ mu a, wɔbɛgye wo nkwa. Na akoma na wɔde gye di kɔ tenenee mu, na ano na wɔde pae mu ka kɔ nkwagyeɛ mu. Na atwerɛ no se: Obiara a ɔgye no die no ani renwu. Na nsonsonoeɛ biara nni Yudani ne Helani ntam; ɛfiri sɛ Awurade korɔ no ara na ɔdi wɔn nyinaa soɔ, na ɔwɔ ahonyadeɛ ma wɔn a wɔfrɛ no nyinaa. Na obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no bɛnya nkwa. Na afei ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛfrɛ deɛ wɔnnye no nnie? Nanso ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛgye deɛ wɔntee ne ho asɛm no adie? Nanso sɛ ɔsɛnkafoɔ nni hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛteɛ? Nanso sɛ wɔansoma wɔn a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛbɔ asɛm no ho dawuro? Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Sɛdeɛ nnepa ho asɛmpakafoɔ no anan si yɛ fɛ fa! Na ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔtiee asɛmpa no. Na Yesaia ka sɛ: Awurade, hwan na wagye yɛn asɛnka adie? Ɛnneɛ afei na gyidie firi asɛm no tie mu, na otie nam Kristo ho asɛm so ba. Na mebisa sɛ: Wɔante koraa? Ampa ara wɔate, wɔn nne firi kɔɔ asase nyinaa so, na wɔn nsɛm duruu wiase ano. Na mebisa bio sɛ: Israel anhunu? Mose na ɔdi kan ka sɛ: Mɛma moatwe wɔn a wɔnyɛ ɔman ho ninkunu, mede ɔman a wɔnnim hwee bɛyi mo abufuo. Na Yesaia nso si ne bo ka sɛ: Wɔn a wɔnhwehwɛ me no ahu me, na mayi me ho makyerɛ wɔn a wɔammisa m’akyiri kwan. Na Israelfoɔ ho deɛ, ɔka sɛ: Daa nyinaa metrɛɛ me nsam memaa ɔman asoɔdenfoɔ nyiyianofoɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na afei mese: Onyankopɔn ato ne man atwene anaa? Dabi da, na me nso meyɛ Israelni a mefiri Abraham asefoɔ mu, Benyamin abusuakuo mu. Onyankopɔn ntoo ne man a ɔhunuu wɔn sieeɛ no ntweneeɛ. Anaasɛ monnim deɛ atwerɛ no ka fa Elia ho, sɛ ɔgyina Nyankopɔn anim bɔɔ Israelfoɔ kwaadu? Sɛ: Awurade, w’adiyifoɔ no, wɔakunkum wɔn, na w’afɔremmukyia nso, wɔadwiridwiri, na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me aku me. Na Nyankopɔn anomu asɛm se no sɛn? Mama mmarima mpemnson aka ama me a wɔmfaa wɔn nkotodwe nkutoo Baal. Saa ara na seesei berɛ yi mu nso, nkaeɛ bi nam adom yi so aka. Na sɛ ɛnam adom so a, na ɛmfiri nnwuma mu bio, ɛfiri sɛ ɛno deɛ, anka adom nyɛ adom bio. Ɛnneɛ na ɛdeɛn? Deɛ Israelfoɔ hwehwɛ no, wɔannya, na wɔn a wɔayi wɔn no anya, na wɔn a aka no akoma apirim; sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Onyankopɔn ama wɔn honhom a ɛtɔ nko, ani a wɔmmfa nnhunu adeɛ ne aso a wɔmmfa nnte asɛm de abɛduru nnɛ da yi. Na Dawid ka sɛ: Ma wɔn didipono nyɛ apa, ne fidie, ne suntidua ne akatua mma wɔn; ma wɔn ani nnuru sum, na wɔanhunu adeɛ, na kuntunu wɔn akyiri daa. Na afei mese: Wɔnsuntii sɛ wɔrehwe aseɛ? Dabi da, na mmom nkwagyeɛ nam wɔn ntereho no so bɛyɛɛ amanaman mufoɔ no deɛ, sɛ ɛrebɛma wɔatwe ninkunu. Na sɛ wɔn ntereho no dane wiase ahonya, na wɔn ntwodie dane amanaman mufoɔ ahonya a, wɔn mayɛ bɛkyɛne saa sɛn ara! Na mo amanaman mufoɔ na mekasa mekyerɛ mo: Ɛsiane sɛ meyɛ amanaman mu somafoɔ nti, mekamfo me som, sɛ ebia mɛma wɔn a wɔyɛ me mfɛfoɔ Yudafoɔ no atwe ninkunu, na magye wɔn mu binom nkwa. Na sɛ wɔn toɔ a wɔtoo wɔn tweneeɛ no yɛ wiase mpata a, ɛdeɛn na wɔn gyeɛ no bɛyɛ, ɛnyɛ nkwa a ɛfiri owuo mu anaa? Sɛ aba a ɛdi kan no yɛ kronkron a, ɛtoa no nyinaa yɛ bi; na sɛ nhini no yɛ kronkron a, dua mman no nso yɛ bi. Na sɛ dua mman no bi abubu, na wo a woyɛ wuram ngo dua no, wɔde wo afra ahyɛ mu, na woanya ngo dua no nhini ne emu nsuo no bi a, nhoahoa wo ho dua mman no ho! Na sɛ wohoahoa wo ho a, ɛnyɛ wo na woso nhini no, na nhini no na ɛso woɔ. Afei wobɛka sɛ: Dua mman no bubuu sɛ wɔmfa me nhyɛ mu. Wiɛ, gyeɛ a wɔannye annie nti na ɛbubuiɛ, na wo deɛ, wode gyidie na ɛgyina hɔ. Nnwene akokurokosɛm, na mmom suro! Na sɛ Onyankopɔn ankora dua mman a ɛfiri dua no ara mu fifiriiɛ no a, ɔrenkora wo nso. Enti hwɛ Nyankopɔn ayamyɛ ne ne denyɛ! Ɔne wɔn a wɔahwehwe aseɛ no dii no dendeenden so, na wo deɛ, Onyankopɔn kyerɛɛ n’yamyɛ no wɔ wo so, nanso gye sɛ wotena saa ayamyɛ no mu ara; anyɛ saa a, wɔbɛtwa wo nso atwene. Na wɔn nso, sɛ wɔantena ɔgyeɛ a wɔnnye nnie no mu a, wɔde wɔn bɛhyɛ mu, ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛtumi de wɔn ahyɛ mu bio. Na sɛ wɔatwa wo afiri dua a ne tebea yɛ wuram ngo dua no, na sɛ wɔakwati wo bɔbea no de wo abɛhyɛ ngo dua pa no mu a, mprɛ ahe ara na wɔremfa yeinom a ɛyɛ dua no mman pa no mmɛhyɛ wɔn ankasa ngo dua no mu? Na, anuanom, mempɛ sɛ mesi mo ahuntasɛm yi soɔ, na moammu mo ho anyansafoɔ. Ɛne sɛ akomapirim aba Israel afaafa mu, de kɔsi sɛ amanaman mufoɔ no bɛwie mayɛ; na ɛno ansa na Israel nyinaa bɛnya nkwa, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Ɔgyefoɔ no bɛfiri Sion aba abɛtu amumuyɛsɛm ase afiri Yakob. Na apam a me ne wɔn bɛpam berɛ a mɛyi wɔn bɔne makorɔ no nie. Asɛmpa no fam deɛ, mo nti wɔyɛ atamfoɔ, na eyie no fam deɛ, agyanom no nti, wɔyɛ adɔfoɔ; ɛfiri sɛ Onyankopɔn ma obi adom akyɛdeɛ na ɔfrɛ no a, ɔnntwe nsan. Na sɛ mo nso moannye Onyankopɔn anni pɛn, na afei wɔafa wɔn gyeɛ a wɔnnye annie no so ahu mo mmɔbɔ no, saa ara nso na seesei yeinom ayɛ asoɔden, na ɛnam ahummɔborɔ a wɔde ahu mo no so, wɔn nso anya ahummɔborɔ. Na Onyankopɔn aka wɔn nyinaa ahyɛ gyeɛ a wɔnnye nnie no ase sɛ ɔbɛhu wɔn nyinaa mmɔbɔ. O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bunu a emu dɔ! Wɔrenhunu n’atemmuo mu peepee, na wɔrenhunu n’akwan akyiri hwehwɛ nwie da. Na hwan na wahunu Awurade adwene, anaasɛ hwan na wayɛ ne fotufoɔ? Anaasɛ hwan na ɔmaa no biribi kane, na watua no so ka? Ɛfiri sɛ ade nyinaa firi ne mu, na ɛnam ne so ba, na ɛwie ne mu; ɔno na animuonyam wɔ no daa daa. Amen.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Enti, anuanom, megyina Nyankopɔn mmɔborɔhunu so metu mo fo sɛ momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔdeɛ a ɛte aseɛ, a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Nyankopɔn ani, a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no. Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwene mu foforɔyɛ nsakyera mo ho, na moasɔ deɛ Onyankopɔn pɛ a ɛyɛ, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ. Na menam adom a wɔde adom me no so meka mekyerɛ mo mu biara sɛ ɔnnnwene nntra deɛ ɛsɛ sɛ ɔdwene, na mmom ɔnnwene anidahɔ adwene, sɛdeɛ Onyankopɔn asusu gyidie akyekyɛ de ama obiara no. Na sɛdeɛ yɛwɔ honam akwaa bebree nipadua koro mu, na honam mu akwaa no nyinaa nni adwuma korɔ no, saa ara nso na yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua koro, Kristo mu, na yɛn nyinaa yeyɛ yɛn ho akwaa mmaako mmaako. Na yɛwowɔ adom akyɛdeɛ a nsonsonoeɛ deda mu, sɛdeɛ adom a wɔde adom yɛn no teɛ. Sɛ ɛyɛ nkɔmhyɛ a, ma no nhyɛ no sɛdeɛ gyidie nsusuiɛ pa no teɛ. Sɛ ɛyɛ ɛsom a, ma no ntena ɛsom no mu nsom. Sɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ a, ma no ntena nkyerɛkyerɛ mu nkyerɛkyerɛ. Sɛ ɔfotufoɔ a, ma no ntena n’afotuo mu ntu fo. Sɛ ademukyɛfoɔ a, ma no nyi ne yam nkyɛ adeɛ. Sɛ mpaninnie a, ma no mmɔ ho mmɔden. Sɛ mmɔborɔhunufoɔ a, ma no mfa animteɛ nyɛ. Mommma nyaatwom mmfra ɔdɔ mu! Monkyiri bɔne, mommata papa ho! Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho yie, monni kan nnidi mo ho ni. Monnyɛ mmɔdemmɔ mu nyaa, monyɛ honhom mu hye, monsom Awurade! Momma mo ani nnye anidasoɔ mu, ahohia mu monto mo bo ase, monkura mpaebɔ mu ara! Momma ahotefoɔ hia nhia mo bi, mommɔ ahɔhoyɛ ho mmɔden! Monhyira wɔn a wɔtaa mo, monhyira, na monnnome! Mo ne anigyefoɔ ani nnye, na mo ne asufoɔ nsu. Mo nyinaa nnya adwenkorɔ; mommmoma mo ho so, na mmom momma ahobrɛasedeɛ mfa mo! Mommmu mo ho anyansafoɔ! Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka! Monna nnwene nnoɔma a ɛyɛ fɛ nnipa nyinaa anim! Sɛ ɛbɛtumi a, mo fam deɛ, mo ne nnipa nyinaa ntena asomdwoeɛ mu. Adɔfo, monntotɔ mo ho were, na mmom monnyae mma Onyankopɔn abufuo! Na wɔatwerɛ sɛ: Me na aweretɔ wɔ me, me ara mɛtua ka, Awurade na ɔka saa. Enti sɛ ɛkɔm de wo tamfo a, ma no aduane! Sɛ sukɔm de no a, ma no biribi nnom! Na saayɛ na wode bɛboaboa nnyansramma ano agu n’atifi. Mma bɔne nnni wo so nim, na mmom fa papa di bɔne so nim!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Momma nnipa nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ ɔman mu mpanimfoɔ tumi no ase. Na tumi biara nni hɔ gye deɛ ɛfiri Onyankopɔn; nanso tumi a ɛwowɔ hɔ no, Onyankopɔn na wahyɛ ato hɔ. Enti obiara a ɔne tumi no di asie no, ɔne deɛ Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ di asie; na wɔn a wɔdi asie no bɛnya afobuo. Na wɔn a wɔdi mpanin no ho nyɛ hu mma wɔn a wɔyɛ nnwuma pa, na mmom wɔn a wɔyɛ bɔne. Wompɛ sɛ wosuro tumi no anaa? Ɛnneɛ yɛ papa, na woanya wɔn hɔ ayeyie! Ɛfiri sɛ wɔyɛ Nyankopɔn asomfoɔ ma wo yieyɛ. Na sɛ woyɛ bɔne a, suro, na wɔnkura afena no kwa; na wɔyɛ Nyankopɔn asomfoɔ a wɔtɔ were de abufuo ba deɛ ɔyɛ bɔne no soɔ. Enti ɛtwa sɛ mobrɛ mo ho ase hyɛ wɔn ase, ɛnyɛ abufuo no nko nti, na mmom ahonim nso ntira. Yei nti nso na moyi toɔ, ɛfiri sɛ wɔyɛ Nyankopɔn asomfo a wɔkura saa ɔsom yi mu ara. Montua obiara deɛ ɛsɛ no! Monyi ɛtoɔ ahodoɔ nyinaa mma deɛ ɛtoɔ sɛ no, monsuro deɛ suro sɛ no, monni deɛ anidie sɛ no ni. Monnne obiara ka gye sɛ ɔdɔ a mode dodɔ mo ho; na deɛ ɔdɔ ne yɔnko no awie mmara no so di. Na mmara no: Nsɛe awadeɛ, nni awu, mmɔ korɔno, mma w’ani mmmere adeɛ! no, sɛ mmara asɛm biara ka ho a, wɔaka abɔ mu ahyɛ asɛm yi mu sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho! Ɔdɔ nyɛ ɔyɔnko bɔne, enti ɔdɔ ne mmara nyinaa so die. Na yei deɛ monim, monim ɛberɛ no, sɛ dɔn a mofiri nna mu sɔreɛ no anya adu, na afei yɛn nkwagyeɛ abɛn akyɛne berɛ a yɛdanee gyidifoɔ no. Anadwo akɔ n’anim, adekyeeɛ abɛn; enti momma yɛnyi sum mu nnwuma ngu, na yɛnhyɛ hann akodeɛ. Momma yɛnnante fɛfɛɛfɛ, sɛdeɛ ɛfata hann, ɛnyɛ agobɔne ne nsaborɔ mu, ɛnyɛ adwamammɔ ne ahohwie mu, ɛnyɛ ɔko ne nitan mu; na mmom monhyɛ Awurade Yesu Kristo sɛ atadeɛ, na mommma kwan mma ɔhonam akɔnnɔ nni mo so!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Deɛ ɔyɛ mmerɛ gyidie mu no, monnye no, na mmom mo ne no nham wɔ deɛ n’adwene kyerɛ no ho. Obi gye di sɛ ɔtumi di aduane biara bi; na deɛ ɔyɛ mmerɛ no deɛ, ɔdi nhahannuane nko ara. Deɛ ɔdie no mmmu deɛ ɔnnie animtia, na deɛ ɔnnie no mmmu deɛ ɔdie atɛn, na Onyankopɔn agye no. Hwan ne wo a wobu obi fie nipa atɛn? Ɔno ara ne wura anim na ɔgyina anaasɛ ɔhwe aseɛ; nanso ɔbɛgyina, na Awurade bɛtumi ama no agyina. Obi bu da bi sene bi, na obi nso bu nna nyinaa pɛ. Momma obiara adwene nsi no pi. Deɛ ɔdwene da bi ho no, ɔdwene ma Awurade. Deɛ ɔdie no, ɔdi ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase; na deɛ ɔnnie no, ɔnni de ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase. Na yɛn mu biara nte ase mma ne ho, na obiara nwu mma ne ho. Na sɛ yɛte ase a, yɛte ase ma Awurade; sɛ yɛwu nso a, yɛwu ma Awurade. Enti sɛ yɛte ase oo, yɛwu oo, yɛyɛ Awurade dea. Na yei nti na Kristo wuiɛ na ɔsɔreeɛ na ɔnyaa nkwa, sɛ ɔbɛyɛ awufoɔ ne ateasefoɔ wura. Na wo deɛ, adɛn nti na wobu wo nua atɛn, anaasɛ wo nso, adɛn na wobu wo nua animtia? Na yɛn nyinaa bɛgyina Nyankopɔn atemmuo adwa no anim. Na wɔatwerɛ sɛ: Awurade se: Sɛ mete ase yi, me na nkotodwe nyinaa bɛkoto me, na tɛkyerɛma nyinaa bɛbɔ Nyankopɔn din. Enti afei yɛn nyinaa bɛbu yɛn ho nkonta mmaako mmaako akyerɛ Onyankopɔn. Enti mommma yɛmmmu yɛn ho yɛn ho atɛn bio, na mommu atɛn yi mmom sɛ obi mmfa akwansideɛ anaa suntidua bi nnto hɔ mmma ne nua. Menim, na megye medi Awurade Yesu mu sɛ, biribiara ankasa nyɛ fi; na deɛ ɔbu biribi fi no, ɔno ara na ɛyɛ fi ma no. Na sɛ w’aduane nti wo nua werɛ ho a, ɛnneɛ ɛnyɛ ɔdɔ so na wonante bio. Mfa w’aduane nsɛe deɛ Kristo sii n’ananmu wuiɛ no. Enti mommma wɔnnka mo papa ho nsɛmmɔne! Na Nyankopɔn ahennie nyɛ adidie ne ɔnom, na mmom ɛyɛ tenenee ne asomdwoeɛ ne Honhom Kronkron mu anigyeɛ. Na deɛ ɔsom Kristo yeinom mu no, ɔsɔ Nyankopɔn ani, na nnipa bu no. Enti afei momma yɛnni deɛ ɛma asomdwoeɛ ne deɛ ɛbɛma yɛn nkɔsoɔ akyiri. Aduane nti nsɛe Nyankopɔn adwuma! Nnoɔma nyinaa ho te deɛ, nanso ɛyɛ bɔne ma onipa, sɛ ɔdi deɛ ɛto suntidua. Ɛyɛ sɛ wonni nam, anaasɛ wonnom nsa, anaasɛ biribiara a ɛbɛto wo nua suntidua. Wo deɛ, wo gyidie a wowɔ no, kora fa wɔ Nyankopɔn anim! Nhyira ne deɛ ɔmmu ne ho atɛn, deɛ ɔbu no sɛ ɛyɛ no mu. Na deɛ n’adwene mu yɛ no naa no, sɛ ɔdi a, wadi fɔ; ɛfiri sɛ ɛmfiri gyidie mu na ɔdie. Na biribiara a ɛmfiri gyidie mu no yɛ bɔne.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yɛn a yɛyɛ den no, ɛsɛ sɛ yɛsoa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛyɛ na yɛansɔ yɛn ara ani. Momma yɛn mu biara nsɔ ne yɔnko ani mma deɛ ɛyɛ, na n’ase atim. Na Kristo nso ansɔ ne ho ani, na mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔn a wɔbɔɔ wo ahohora no ahohora agu me so. Na biribiara a wɔatwerɛ ato hɔ no, wɔatwerɛ ama yɛn nkyerɛkyerɛ, sɛ yɛmfa boasetɔ ne twerɛ nsɛm no mu awerɛkyekyerɛ so nnya anidasoɔ. Na boasetɔ ne awerɛkyekyerɛ Nyankopɔn mma monnwene adeɛ korɔ wɔ mo mu, sɛdeɛ Kristo Yesu kwan teɛ no, na mode akoma korɔ ne anokorɔ ahyɛ Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya, animuonyam. Enti monnye mo ho mo ho, sɛdeɛ Kristo nso agye yɛn ama Onyankopɔn animuonyam no. Na mese: Kristo ayɛ twetiatwafoɔ somfoɔ de akyerɛ Nyankopɔn nokorɛ sɛ ɔbɛhyɛ bɔ a wɔahyehyɛ agyanom no mu den; na Nyankopɔn mmɔborɔhunu nti amanaman mufoɔ ahyɛ no animuonyam, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Yei nti mɛkamfo wo amanaman mu, na mato dwom ama wo din. Na ɔkaa bio sɛ: Mo amanaman mufoɔ, mo ne ne man nni ahurisie, Na bio: Mo amanaman mufoɔ nyinaa, monyi Awurade ayɛ, na mo aman ahodoɔ nyinaa nkamfo no! Na bio Yesaia ka sɛ: Yisai nhini ne deɛ ɔbɛsɔre abɛdi amanaman so bɛba; ɔno na amanaman ani bɛda ne soɔ. Na anidasoɔ Nyankopɔn mfa gyidie mu anigyeɛ ne asomdwoeɛ nyinaa nhyɛ mo ma, na moaboro so anidasoɔ mu, Honhom Kronkron ahoɔden mu. Me nuanom, megye to mu wɔ mo ho sɛ mo nso, papayɛ ahyɛ mo ma, na nimdeɛ nyinaa ayɛ mo ma tɔ, na motumi tutu mo ho fo nso; nanso deɛ enti a mede nnam bebrebe metwerɛɛ nsɛm yi bi mebrɛɛ mo ne sɛ, mede rebɛkae mo bio ne adom a Onyankopɔn de adom me, sɛ menyɛ Yesu Kristo somfoɔ amanaman no mu, menkɔyɛ Nyankopɔn asɛmpa no ho asɔfodwuma, na amanaman mufoɔ nyɛ afɔdeɛ a ɛyɛ dɛ a wɔate ho Honhom Kronkron mu. Enti mewɔ Kristo Yesu mu ahohoahoa Nyankopɔn fam nnoɔma mu. Na merensi me bo sɛ mɛbɔ biribiara din gye deɛ Kristo nam me so ayɛ ama amanaman mufoɔ setie wɔ asɛm ne adwuma mu, nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ tumi so, Honhom tumi so; na maka Kristo asɛmpa no awie firi Yerusalem ne nkuro a atwa ho ahyia so akɔduru Iliriko. Nso faako a mebɔɔ mmɔden sɛ meka asɛmpa no nyɛ deɛ wɔabɔ Kristo din hɔ pɛn, na manto obi fapem so, na mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔn a wɔnkaa wɔn ne ho asɛm no bɛhunu, na wɔn a wɔnteeɛ no bɛte aseɛ. Yei na ɛtaa sii me kwan a enti mantumi amma mo nkyɛn. Na afei, sɛ menni adwuma biara wɔ ha bio, na mfeɛ bebree na me kɔn dɔ sɛ meba mo nkyɛn nti, da biara a mɛtu kwan makɔ Spania no, m’ani da so sɛ, mebɛfa hɔ a, mɛhunu mo anim, na sɛ megye m’ani kakra wɔ mo nkyɛn ansa a, moagya me kwan akɔ hɔ. Na seesei deɛ, merekɔ Yerusalem makɔsom ahotefoɔ no. Na Makedonia ne Akaia de fɛ aboaboa nnoɔma bi ano de rekɔma ahotefoɔ a wɔwɔ Yerusalem no mu ahiafoɔ. Ɛyɛɛ wɔn fɛ, nanso na wɔde wɔn ka; ɛfiri sɛ amanaman mufoɔ anya wɔn honhom mu nnoɔma no bi a, ɛsɛ wɔn nso sɛ wɔde honam mu nnoɔma bɛsom wɔn bie. Enti menya mewie adeɛ yi yɛ, na mede akyɛdeɛ no mema wɔn a, mɛfa mo nkyɛn makɔ Spania. Na menim sɛ meba mo nkyɛn a, mɛba no Kristo asɛmpa nhyira mayɛ mu. Nanso, anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne Honhom dɔ so mesrɛ mo sɛ monko me abia wɔ mpaeɛ a mobɔ Onyankopɔn ma me no mu, na wɔabɛyi me afiri asoɔdenfoɔ a wɔwɔ Yudea no nsam, na me som a merekɔsom Yerusalem no ayɛ ahotefoɔ no fɛ, na menam Nyankopɔn pɛ so maba mo nkyɛn anigyeɛ mu, na me ne mo abɛdwodwo yɛn ho. Asomdwoeɛ Nyankopɔn ne mo nyinaa ntena. Amen.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na mebɔ yɛn nuabaa Foibe a ɔyɛ asafo a ɛwɔ Kenkrea no mu somfoɔ din mede no mehyɛ mo nsa sɛ: Monnye no Awurade mu, sɛdeɛ ɛsɛ ahotefoɔ no, na monnyina n’akyi adwuma biara a mo ho bɛhia no mu; ɛfiri sɛ ɔno nso ayɛ nnipa pii ne me ara me boafoɔ. Monkyea Priska ne Akwila, me yɔnko adwumayɛfoɔ Kristo Yesu mu a wɔpɛɛ sɛ anka wɔde wɔn ara wɔn nkwa to hɔ maeɛ de sii me kra ananmu. Na ɛnyɛ me nko na meda wɔn aseɛ, na mmom asafo a ɛwɔ amanaman nyinaa mu nso. Monkyea asafo a ɛwɔ wɔn fie no nso. Monkyea me dɔfo Epaineto a ɔyɛ Kristo mu abakan a ɔfiri Asia no. Monkyea Maria a ɔhaa ne ho pii maa mo no. Monkyea Androniko ne Yunia, m’abusuafoɔ ne me yɔnko mpokyerɛfoɔ a wɔwɔ din asomafoɔ no mu na wɔdii m’anim Kristo mu no. Monkyea m’Awurade mu dɔfo Amplia. Monkyea yɛn Kristo mu yɔnko dwumayɛfoɔ Urbano ne me dɔfo Staki. Monkyea Apele a wɔahu no ɔnokwafoɔ Kristo mu no. Monkyea wɔn a wɔfiri Aristobulo fiefoɔ mu no. Monkyea me busuani Herodion. Monkyea wɔn a wɔfiri Narkiso fiefoɔ mu a wɔwɔ Awurade mu no. Monkyea Trifaina ne Trifosa a wɔbɔ Awurade mu mmɔden no. Monkyea ɔdɔfo Persi a ɔbɔɔ Awurade mu mmɔden pii no. Monkyea Rufo a wɔayi no Awurade mu, ne ne na a ɔyɛ me nso me na. Monkyea Asinkrito, Flegon, Herme, Patroba, Herma ne anuanom a wɔka wɔn ho. Monkyea Filologo ne Yulia, Nereo ne ne nuabaa ne Olimpa ne ahotefoɔ a wɔne wɔn wɔ hɔ nyinaa. Momfa mfeano kronkron nkyeakyea mo ho. Kristo asafo nyinaa kyeakyea mo. Nanso, anuanom, metu mo fo sɛ, monkari wɔn a wɔde mpaepaemu ba na wɔto suntidua de sɛe nkyerɛkyerɛ a moasua no, na montwe mo ho mfiri wɔn ho. Na wɔn a wɔte saa no nsom yɛn Awurade Kristo, na mmom wɔsom wɔn ara yafunu, na wɔde tɛkyerɛmadɛ ne adɔkɔdɔkɔsɛm daadaa wɔn a wɔnnim bɔne no akoma. Na mo deɛ, mo asoɔmmerɛ no atrɛ aduru nnipa nyinaa aso mu; enti m’ani gye mo ho, nanso mepɛ sɛ moyɛ papa ho anyansafoɔ, na moyɛ kronn wɔ bɔne ho, na asomdwoeɛ Nyankopɔn no bɛpɛkyɛ Satan mo nan ase ntɛm. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo. Me yɔnko dwumayɛfoɔ Timoteo ne m’abusuafoɔ Lukio, Yason ne Sosipatro kyea mo. Me Tertio a meretwerɛ nwoma yi, mekyea mo Awurade mu, Gaio a ɔyɛ me ne asafo no nyinaa fiewura kyea mo. Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafoɔ ne onua Kwarto kyea mo. [Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa. Amen.] Deɛ ɔtumi sɛ ɔhyɛ mo den, sɛdeɛ m’asɛmpa ne Yesu Kristo ho asɛnka teɛ, sɛdeɛ ahuntasɛm a akane teteete no wɔanka, na afei wɔayi no adie, na wɔnam adiyifoɔ twerɛ nsɛm no so ayi no adi akyerɛ amanaman mufoɔ, sɛdeɛ daa Nyankopɔn hyɛ no teɛ, ama ɔsetie a ɛde kɔ gyidie mu, Onyankopɔn a ɔyɛ onyansafoɔ koro no, animuonyam mfa Yesu Kristo so nka no daa daa! Amen.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Akas-weros berɛ so, — Akas-weros a na ɔdi hene firi India de kɔsi Etiopia, amantam ahodoɔ ɔha aduonu nson so, — ɛberɛ a na Ɔhene Akas-weros te n’ahennwa a ɛwɔ Susa abankɛseɛ mu no soɔ, n’ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, ɔtoo ne mmapɔmma nyinaa, ne ne nkoa pono a Persia ne Media dɔm so atumfoɔ ne mmakoma ne amantam no so asafohene no ka ho. Ɛno mu na ɔyii n’ahennie animuonyam dodoɔ, ne ne kɛseyɛ hran, ne ne fɛ no kyerɛeɛ nna pii, nnafua ɔha aduɔwɔtwe. Na nna yi wiee duro no, ɔhene no too nkurɔfoɔ a wɔwɔ Susa abankɛseɛ no mu nyinaa pono firi akɛseɛ so kɔsii nkumaa so nnanson, wɔ ahemfie turom abannwa so, nwera ne bibitoma sensɛne hɔ, wɔde nhoma fufuo ne deɛ ɛberedum asosɔ mu akyekyere dwetɛ nkaa mu, abofufuo adum ho; sika ne dwetɛ mpa wowɔ abohemmaa ne abohyɛn ne abobire ne dame nsesɛeɛ so. Na wɔhyehyɛɛ nsa sika nkuruwa mu, na nkuruwa no nso gu ahodoɔ, na ɔhene nsa no dɔɔso, sɛdeɛ ɛwɔ ɔhene no nsam. Na nsa no nom nso wɔyɛɛ no sɛdeɛ mmara no teɛ; wɔanhyɛ obiara; na saa na na ɔhene no ahyɛ ne fie so mpanimfoɔ nyinaa, sɛ onipa biara nyɛ sɛdeɛ ɔpɛ. Ɔhemmaa Wasti nso too mmaa pono wɔ Ɔhene Akas-weros ahemfie. Da a ɛtɔ so nson a nsa ama ɔhene ani agyeɛ no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta, Abagta, Setar ne Karkas, mpiafoɔ baason no a wɔsom Ɔhene Akas-weros anim no, sɛ wɔnkɔfa Ɔhemmaa Wasti mmra ɔhene anim, ahennie abotire no mu, na ɔmma aman no ne mmapɔmma no nhunu n’ahoɔfɛ, ɛfiri sɛ ne ho yɛ fɛ. Nanso Ɔhemmaa Wasti amma sɛdeɛ ɔhene somaa mpiafoɔ maa wɔbɛhyɛɛ no no. Ɛnna ɔhene no bo fuu pii, na n’abufuo dɛree wɔ ne mu. Na ɔhene no ka kyerɛɛ mpanimfoɔ a wɔnim mmara no, (ɛfiri sɛ saa na na ɔhene asɛm ba wɔn a wɔnim mmara ne asennie no anim, na wɔn a wɔbɛn no ne Karsena, Setar, Admata, Tarsis, Meres, Marsena, Memukan, Persia ne Media mmapɔmma baason a wɔhunu ɔhene anim ne ahennie no mu atitire no,) sɛ: Ɛdeɛn na mmara no ka sɛ wɔnyɛ Ɔhemmaa Wasti, sɛ wanni Ɔhene Akas-weros asɛm a mpiafoɔ no kɔka kyerɛɛ no soɔ no? Na Memukan kaa no ɔhene ne mmapɔmma no anim sɛ: Ɛnyɛ ɔhene nko ara na Ɔhemmaa Wasti afom no, na wafom mmapɔmma nyinaa ne amanaman a wɔwɔ Ɔhene Akas-weros nsase nyinaa soɔ no nyinaa nso. Na wɔbɛka ɔhemmaa no asɛm no akyerɛ mmaa nyinaa, na wɔbɛbu wɔn kununom animtia aka sɛ: Ɔhene Akas-weros kaa sɛ wɔmma Ɔhemmaa Wasti mmra n’anim, na wamma. Na ɛnnɛ da yi Persia ne Media mmaa adehyeɛ a wɔate ɔhemmaa no asɛm no bɛkeka akyerɛ ɔhene asafohene nyinaa, na animtiabuo ne abohuro bɛdɔɔso. Sɛ ɔhene pɛ a, ɔmma asɛm bi mfiri ne hɔ, na wɔntwerɛ no Persia ne Media mmara nsɛm mu, na wɔannane ani, sɛ: Wasti mmma Ɔhene Akas-weros anim bio; na ɔhene mfa ne hemmaadie no mma ne yɔnko a ɔyɛ sene no. Na wɔbɛte ɔhene asɛm a ɔrebɛdie yi n’ahennie nyinaa mu, ɛfiri sɛ na ɛso, na ama ɛyerenom nyinaa ani asɔ wɔn kununom, ɛfiri ɔkɛseɛ so kɔsi akumaa so. Na asɛm no sɔɔ ɔhene ne mmapɔmma no ani, na ɔhene no yɛɛ sɛdeɛ Memukan kaeɛ no. Na ɔsoma maa wɔde nwoma kɔɔ ɔhene no amantam nyinaa so, na wɔde kɔɔ asase biara so sɛdeɛ ne ntwerɛ teɛ, ne ɔman biara so sɛdeɛ ne kasa teɛ, sɛ ɔbarima biara nni ne fie so panin, na ɔmfa ne man kasa nka mma wɔnte.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Nsɛm yi akyiri a Ɔhene Akas-weros abufuo no ano dwoeɛ no, ɔkaee Wasti ne deɛ ɔyɛeɛ ne deɛ wɔahyɛ atia no no. Na ɔhene asomfo a wɔsom no no kaa sɛ: Ma wɔnhwehwɛ mmaabunu a wɔn ho yɛ fɛ mma ɔhene, na ɔhene nsisi ahwɛfoɔ n’ahennie nsase nyinaa so, na wɔnhyiahyia mmaabunu a wɔn ho yɛ fɛ nyinaa mmra Susa aban mu, mmaa fie, ɔhene piani Hegai a ɔhwɛ mmaa soɔ no nkyɛn, na wɔmma wɔn wɔn nku. Na ababaa a ɔbɛsɔ ɔhene ani no nni hemmaa nsi Wasti ananmu. Na asɛm no sɔɔ ɔhene ani, na ɔyɛɛ saa. Nso na Yudani bi wɔ Susa ahenkuro mu a na ne din de Mordekai, Benyaminni a ɔyɛ Yair ba, Simei ba, Kis ba a wɔtuu no firii Yerusalem ne nnommum a wɔtuu wɔn ne Yudahene Yekonia a Babelhene Nebukadnessar tuu wɔn kɔeɛ no mu baako. Na ɔno na ɔtetee n’agya nua ba Hadasa a ɔne Ester, ɛfiri sɛ na ɔnni agya ne ɛna; na ababaa no ho yɛ fɛ, na n’anim nso te. Na n’agya ne ne na wuwuiɛ no, Mordekai faa no yɛɛ ne ba. Na wɔtee ɔhene no asɛm ne ne mmara no, wɔhyiahyiaa mmabaa pii baa Susa ahenkuro de wɔn hyɛɛ Hegai nsa, na wɔde Ester nso baa ɔhene fie de no bɛhyɛɛ mmaa no hwɛfoɔ Hegai nsa. Na ababaa no sɔɔ n’ani, na ɔnyaa n’anim animuonyam; na ɔyɛɛ ntɛm de ne nku ne ne nnuane maa no, na ɔde mmabaa nson a wɔyii wɔn firii ɔhene fie maa no, na ɔde no ne mmabaa no kɔtenaa deɛ ɛhɔ yɛ wɔ mmaa no fie. Nso na Ester nnya nkyerɛɛ ne man ne n’abusua, ɛfiri sɛ Mordekai ahyɛ no sɛ ɔnnkyerɛ. Na da biara Mordekai kɔnante mmaa fie no abannwa no anim, na wahunu sɛ Ester te yie, ne deɛ wɔde no bɛyɛ. Na ɛduru mmabaa no biara so a, ɔkɔ Ɔhene Akas-weros nkyɛn. Nso wɔyɛɛ no sɛdeɛ mmaa no ahosiesie mmara teɛ kɔsii sɛ abosome dummienu duruiɛ ansa. Na sɛdeɛ wɔn sra nna dodoɔ teɛ no, wɔde kurobo bɔɔ no abosome nsia, na wɔde nnuhwam ne mmaa nku sraa no abosome nsia nso. Na ababaa no de saa kɔ ɔhene nkyɛn a biribiara a ɔpɛ sɛ ɔde firi mmaa no fie kɔ ɔhene fie no, wɔde ma no. Anadwofa na ɔkorɔ, na anɔpa na ɔsane kɔ mmaa fie a ɛtɔ so mmienu, a ɛhyɛ ɔhene piani Saasgas a ɔhwɛ ne mpenafoɔ so aseɛ no mu. Na ɔnkɔ ɔhene nkyɛn bio, gye sɛ ɔhene no pɛ na ɔbɔ ne din frɛ no. Na ɛduruu Ester a ɔyɛ Mordekai n’agya ne nua Abihail ba a ɔfaa no yɛɛ ne ba no soɔ sɛ ɔbɛkɔ ɔhene no nkyɛn no, wammisa hwee gye deɛ Hegai a ɔyɛ ɔhene piani a ɔhwɛ mmaa no soɔ no tuu no fo wɔ ho. Na Ester nyaa wɔn a wɔhunuu no nyinaa anim animuonyam. Na wɔde Ester kɔɔ Ɔhene Akas-weros nkyɛn n’ahemfie, bosome a ɛtɔ so du a ɛne bosome Tebet no mu, n’ahennie afe a ɛtɔ so nson no mu. Na ɔhene no dɔ Ester sene mmaa no nyinaa, na ɔnyaa animuonyam ne adom n’anim sene mmabaa no nyinaa, na ɔde ɔhemmaadie abotire no hyɛɛ ne ti, na ɔde no sii Ɔhemmaa Wasti ananmu. Ɛnna ɔhene no too pono kɛseɛ maa ne mmapɔmma ne ne nkoa nyinaa. Yei ne Ester apontoɔ. Na ɔde amantam no toɔ kyɛɛ wɔn, na ɔkyekyɛɛ adeɛ sɛdeɛ ɛfata ɔhene. Na wɔhyiahyiaa mmabaa no ne mprenu soɔ no, na Mordekai te ɔhene ponkɛseɛ no mu. Na Ester nnya nkyerɛɛ n’abusua ne ne man, sɛdeɛ Mordekai hyɛɛ no no; ɛfiri sɛ na Ester di Mordekai asɛm so sɛ berɛ a na ɔhwɛ ne soɔ no. Nna a Mordekai te ɔhene ponkɛseɛ no mu no, Bigtan ne Teres, ɔhene mpiafoɔ baanu a wɔfiri wɔn a wɔwɛn ɔpono ano no mu no, bo hurui, na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔkum Ɔhene Akas-weros. Na Mordekai tee asɛm no, na ɔkɔka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ester, na Ester de Mordekai din kɔka kyerɛɛ ɔhene. Ɛnna wɔhwehwɛɛ asɛm no mu, na wɔhunuu sɛ ɛyɛ nokorɛ no, wɔsensɛnee wɔn baanu no dua so. Na wɔtwerɛ hyɛɛ Berɛsosɛm Nwoma no mu ɔhene anim.