Audio
stringlengths
109
111
Transcript
stringlengths
131
10.4k
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mɛto AWURADE adɔeɛ ho dwom daa, mede m’ano bɛka wo nokorɛdie makyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ; na mɛka sɛ: Adɔeɛ bɛsi so daa, ɔsoro hɔ na wode nokorɛdie atintim. Me ne deɛ mayi no no apam apam bi, maka ntam makyerɛ m’akoa Dawid: Mɛma w’asefoɔ atim akɔsi daa, na mama w’ahennwa asi so akɔduru awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ so. Na ɔsoro yi wo, AWURADE, anwanwadeɛ ayɛ, ne wo nokorɛ nso wɔ akronkronfoɔ asafo mu. Na hwan na ɔwɔ wiem a wɔde no bɛto AWURADE ho, hwan na ɔsɛ AWURADE, anyame mma mu? Onyankopɔn a ne ho yɛ hu, akronkronfoɔ dwabɔ kɛseɛ no mu, na wɔsuro no sene wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa. AWURADE, asafo Nyankopɔn, hwan na ɔte sɛ woɔ? Otumfoɔ AWURADE, wo nokorɛdie atwa wo ho ahyia. Wo na wodi ɛpo mfumpaabuo soɔ, sɛ n’asorɔkyeɛ sɔre a, wo na wodwodwo ano. Wo na woabubu Rahab pasaa sɛ ɔtɔfoɔ, wode wo tumi nsa abɔ w’atamfo apansam. Ɔsoro wɔ wo, asase nso wɔ wo; wiase ne ne mayɛ, wo na wohyɛɛ aseɛ. Atifi fam ne anafoɔ fam, wo ara na wobɔeɛ, Tabor ne Hermon di wo din mu ahurisie. Tumi basa ne mmarimayɛ wɔ wo, wo nsa yɛ den, wɔama wo nifa so. Tenenee ne atemmuo ne w’ahennwa nnyinasoɔ, adɔeɛ ne nokorɛ gyina w’anim. Nhyira ne ɔman a wɔnim osebɔ na wɔnante wo, AWURADE, anim hann mu. Wo din mu na wɔn ho bɛsɛpɛ wɔn daa nyinaa, na wo tenenee mu na wɔama wɔn soɔ. Na wɔn ahoɔden ahyehyɛdeɛ ne wo, na w’adom mu na wɔama yɛn abɛn soɔ. Na AWURADE na yɛn kyɛm wɔ no, na Israel Kronkronni no na yɛn hene wɔ no. Da bi wokasaa anisoadehunu mu kyerɛɛ w’ahotefoɔ sɛ: Madi maboa ɔbarima bi, mama obi a wɔayi no firi ɔman no mu so. Mahunu m’akoa Dawid, mede me ngo kronkron masra no. Ɔno na me nsa bɛma no atim, na me basa nso ahyɛ no den. Ɔtamfoɔ bi rensisi no, na obusuyɛfoɔ bi renhyɛ no so. Na mɛbubu n’anim ahohiahiafoɔ, na mabobɔ wɔn a wɔtane no. Na me nokorɛdie ne m’adɔeɛ ne no bɛtena, na me din mu na wɔbɛma n’abɛn soɔ. Na mede ne nsa bɛsi po mu, na mede ne nifa masi nsubɔntene so. Ɔno deɛ, ɔbɛfrɛ me sɛ: Wone m’agya, me Nyankopɔn ne me nkwagyeɛ botan! Na me nso mede no bɛyɛ m’abakan, asase so ahemfo mu pumpuni. Mɛkora m’adɔeɛ mama no daa, na m’apam atim hɔ ama no. Mɛma n’asefoɔ atena hɔ daa, ne n’ahennwa sɛ ɔsoro nna. Sɛ ne mma gya me mmara na wɔnnante m’atemmudeɛ mu, sɛ wɔgu m’ahyɛdeɛ ho fi na wɔnni me mmaransɛm so a, ɛno deɛ mede abaa bɛba abɛtwe wɔn aso, wɔn mmarato ho, na mede ɔhaw ahodoɔ mabɛtwe wɔn aso, wɔn amumuyɛ ho. Na m’adɔeɛ deɛ, merenyi memfiri ne ho, na merenyɛ me nokorɛdie no ho nsakyirinsayam. Merengu m’apam ho fi, na merensakyera deɛ afiri m’anomu no. Maka me kronkronyɛ ho ntam baako, merenni Dawid hwammɔ. N’asefoɔ bɛtena hɔ daa, na n’adwa ayɛ m’anim sɛ owia. Ɛbɛtim hɔ sɛ ɔsrane daa, sɛ ɔdanseni nokwafoɔ a ɔwɔ wiem. Na wo ara deɛ, woato atwene na ayɛ wo nwunu, na woafa deɛ woasra no no abufuo. Woapo w’akoa apam, woagu n’abotire ho fi de ato fam. Woadwiri ne ban nyinaa agu, woama n’aban akɛseɛ ayɛ agoago. Wɔn a wɔtwam ɔkwan no soɔ nyinaa fom no fa, wayɛ ahohora ama wɔn a wɔtete ne ho. Woama n’ahohiahiafoɔ nifa so, woama n’atamfo nyinaa ani agye. Aane, woadane n’afena ano nso, na woamma no annyina ɔsa mu. Woama n’animuonyam apa, na woato n’adwa atwene fam. Woatwa ne mmeranteberɛ nna so, wode aniwuo abum ne so. Ɛnkɔsi da bɛn, AWURADE, na wode wo ho bɛhunta daa ama w’abufuo adɛre sɛ ogya? Kae me nna tiaa a ɛyɛ: Ade hunu yi ara nti na wobɔɔ nnipa mma nyinaa? Ɔdasani bɛn na ɔte ase a ɔrenhunu owuo, na ɔbɛyi ne kra afiri Asamando nsam? Ɛhe na wo kane adɔeɛ no wɔ, AWURADE, deɛ wokaa ho ntam kyerɛɛ Dawid, wo nokorɛ mu no? AWURADE, kae wo nkoa ahohora a ɛfiri aman dodoɔ no nyinaa mu a ɛda me koko soɔ. AWURADE, w’atamfo bɔ ahohora, wɔbɔ deɛ woasra no no anammɔn ahohora! Nhyira nka AWURADE daa. Amen ne Amen.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE, wo na woayɛ yɛn dwanekɔbea, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Wo deɛ, wɔnnya mmɔɔ mmepɔ na wonnya nyii asase ne wiase adie no, na wofiri tete akyirikyiri kɔsi daakye akyirikyiri yɛ Onyankopɔn. Woma ɔdasani dane mfuturo, na wose: Onipa mma, monsane mmra mo mfuturo mu. Na mfirinhyia apem yɛ w’ani so sɛ nnora da a ɛtwaa mu ne anadwo mu dasuo. Woma wɔsene kɔ sɛ susuansuo, wɔte sɛ daeɛ, anɔpa wɔfefɛ sɛ wira, anɔpa ɛyɛ frɔmfrɔm, na ɛfefɛ, anwummerɛ wɔtwa, na atwintwam. Na yɛresa w’abufuo mu, na yɛahye w’abufuhyeɛ no ano. Wode yɛn amumuyɛ asi w’anim, wode yɛn kokoam bɔne aba w’anim hann no mu. Na yɛn nna nyinaa atwam kɔ w’abufuo mu, yɛahwere yɛn mfeɛ sɛ asomusɛm bi. Yɛn mfirinhyiam nna, emu wɔ mfeɛ aduɔson, na sɛ ɛboro so a, na ɛreduru aduɔwɔtwe, na emu ahohoahoadeɛ yɛ ɔbrɛ ne ahuhudeɛ, na ɛtwaa mu ntɛm so, na yɛtu kɔe. Hwan na ɔhunu w’abufuo ano den a ɛyɛ, ne w’anibereɛ, sɛ wo ho suro teɛ? Ma yɛnhunu yɛn nna kan sɛdeɛ ɛteɛ, na yɛanya nyansa akoma. AWURADE, sane w’akyi, da bɛn ara? Na ma wo nkoa nyɛ wo mmɔbɔ. Fa w’adɔeɛ ma yɛmmee nhema, na yɛadi ahurisie, na yɛn ani agye yɛn nna nyinaa mu. Ma yɛn ho nsane yɛn, sɛ nna a wobrɛɛ yɛn ase wɔ mu ne mfeɛ a yɛhunuu mu bɔne no. Ma w’adwuma nna adi mma wo nkoa, na w’animuonyam nna adi, wɔn mma so. Na AWURADE yɛn Nyankopɔn animteɛ mmra yɛn so, na yɛn nsa ano adwuma no, ma no nyɛ yie mma yɛn, aane, yɛn nsa ano adwuma ma no nyɛ yie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Deɛ ɔte ɔsorosoroni no huntabea, mekyerɛ deɛ ɔtena Otumfoɔ no nwunu ase no bɛse AWURADE sɛ: Me dwanekɔbea ne m’abankɛseɛ, me Nyankopɔn a mede me ho meto wo soɔ. Ampa ara, ɔno na ɔbɛgye wo afiri ofirisumfoɔ fidie mu ne owuyadeɛ sɛeɛ mu. Ɔde ne ntakra bɛkata wo so, na ne ntaban ase na wobɛkɔ akɔhyɛ, ɔkyɛm ne nkataboɔ ne ne nokorɛ. Worensuro anadwo bumbɔ, bɛmma a ɛtu nam awia, ɔyaredɔm a ɛnenam sum mu, nsane yadeɛ a ɛsɛe ade awia ketee. Apem totɔ wo nkyɛn na ɔpedu totɔ wo nifa a, wo deɛ, ɛrenka wo. W’ani nko na wode bɛhwɛ, na woahunu abɔnefoɔ akatua. Na wo, AWURADE, ne me dwanekɔbea, aane, ɔsorosoroni no na wode no ayɛ wo tenabea. Bɔne renka wo, na ɔhaw remmɛn wo ntomadan. Na wahyɛ n’abɔfoɔ ama wo, sɛ wɔnhwɛ wo so, w’akwan nyinaa mu. Wɔbɛsoa wo wɔn nsam, na wo nan ampem ɔboɔ. Wobɛnante gyata ne ahuritia so, wobɛtiatia gyataburuwa ne ɔtweaseɛ so. Na sɛ ɔfam me ho yi, mɛgye no, mɛma no so, ɛfiri sɛ ɔnim me din. Ɔsu frɛ me, na mɛgye no so, me ne no bɛtena ahohia mu, mɛyi no na mahyɛ no animuonyam. Mɛma no adi nkwa tentene amee, na mama no ahunu me nkwagyeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛyɛ sɛ wɔda AWURADE ase na wɔto dwom ma wo din, ɔsorosoroni, sɛ wɔka w’adɔeɛ anɔpa ne wo nokorɛdie anadwo, sankuhan du ne bɛnta so, sankuo ho adwempa dwom mu. Na wo, AWURADE, woma m’ani gye wo nneyɛɛ ho, wo nsa ano nnwuma ho na mɛdi ahurisie. AWURADE, sɛdeɛ wo nnwuma si soso fa, w’adwene mu dɔ pii. Ogyimifoɔ nnim, na ɔkwasea nhunu yei mu. Abɔnefoɔ fifiri sɛ ɛfan na amumuyɛfoɔ nyinaa si so sɛ nhwiren a, ɛne sɛ wɔbɛsɛe wɔn korakora. Nanso wo AWURADE deɛ, wokorɔn daa. Na hwɛ, w’atamfo no, Ao AWURADE, w’atamfo no deɛ, wɔbɛsɛe, na wɔbɛhwete amumuyɛfoɔ nyinaa mu. Na woma m’abɛn so sɛ okoo deɛ, wode ngo foforɔ gu me so. Na m’ani hunu deɛ mepɛ m’atɛfoɔ so, na m’aso te deɛ ɛyɛ me dɛ, abɔnefoɔ a wɔsɔre tia me no ho. Ɔteneneeni bɛfefɛ sɛ abɛ, ɔbɛnyini sɛ Lebanon so tweneduro. Wɔn a wɔatɛ wɔn AWURADE fie no bɛfefɛ yɛn Nyankopɔn abannwa so. Wɔbɛkɔ so aso aba nkɔkoraaberɛ, wɔbɛyɛ akɛseɛ ne frɔmfrɔm ara de akyerɛ sɛ AWURADE tene, ɔne me botan, na deɛ ɛntene biara nni ne mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE di hene, ɔde animuonyam ahyehyɛ ne ho. AWURADE ahyehyɛ ne ho, ɔde ahoɔden akyekyere ne ho, na wiase tim hɔ a ɛrenhinhim. W’adwa tim hɔ firi tete, wowɔ hɔ firi daa. Asutene ama so, AWURADE, asutene ama wɔn nne so, asutene ma wɔn huuyɛ so. Deɛ ɔsene nsukɛseɛ nne, nsuo a ɛwɔ tumi, ɛpo mu asorɔkyeɛ nne, ɔne ɔsoro hɔ tumfoɔ AWURADE. W’adansesɛm yɛ nokorɛ pii; kronkronyɛ na ɛfata wo fie, AWURADE, nnasanten nyinaa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Aweretɔ Nyankopɔn, AWURADE, aweretɔ Nyankopɔn, pue. Asase temmufoɔ, ma wo ho so, tua ahokyerɛfoɔ ka. AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn na abɔnefoɔ, ɛnkɔsi da bɛn na abɔnefoɔ nni ahurisie? Wɔka asɛmdenden, amumuyɛfoɔ nyinaa di ahantansɛm. Wo man deɛ, AWURADE, wɔrebɔ no pasaa, na wɔbrɛ w’agyapadeɛ ase. Wɔkum okunafoɔ ne ɔhɔhoɔ, na wɔdi nwisiaa awu; na wɔka sɛ: AWURADE renhunu, na Yakob Nyankopɔn remmu. Ɔman mu agyimifoɔ, monte aseɛ, na mo, nkwasea, da bɛn na mobɛhunu de? Deɛ ɔtɛ aso no, ɔrente asɛm, anaa deɛ ɔnwonoo ani no, ɔrenhunu adeɛ? Deɛ ɔtwe amanaman aso no, ɔrentenetene, deɛ ɔkyerɛ nnipa nimdeɛ no, ɔno ɛ? AWURADE hunu nnipa adwene sɛ ɛyɛ ahuhudeɛ. Nhyira ne onipa a wo, AWURADE, wotwe n’aso, na wofiri wo mmara no mu kyerɛkyerɛ no, sɛ wobɛma no nna bɔne ho abodamu akɔsi sɛ wobɛfunu amena ama ɔbɔnefoɔ. Na AWURADE rento ne man ntwene, na ɔrennya n’agyapadeɛ, na atemmuo bɛsane akɔ tenenee mu, na akoma mu teefoɔ nyinaa bɛdi akyire. Hwan na ɔbɛsɔre ne nnebɔneyɛfoɔ adi asie ama me? Hwan na ɔbɛgyina ne amumuyɛfoɔ adi asie ama me? Sɛ ɛnyɛ AWURADE na ɔyɛ me boafoɔ a, anka aka kumaa na me kra akɔtena kommyɛ mu. Sɛ mese me nan rewatiri a, wo, AWURADE, w’adɔeɛ na ɛwowa me. Me mu dadwene dɔɔso a, w’awerɛkyekyerɛ gye me kra ani. Amammɔeɛ adwa a ɛnam mmara so bɔ mmusuo no ne wo bɛfa yɔnkoɔ anaa? Wɔbɔ ɔteneneeni kra so kyenku, na wɔbu mogya a ɛdi bem fɔ. Nanso AWURADE ayɛ me abankɛseɛ, na me Nyankopɔn ayɛ me dwanekɔbea botan. Na ɔde wɔn mmusuo abua wɔn atifi, na wɔn bɔne nti ɔbɛyi wɔn hɔ. AWURADE, aane, yɛn Nyankopɔn bɛyi wɔn hɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mommra mma yɛnto anigyeɛ dwom mma AWURADE, momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagyeɛ botan. Momma yɛmfa aseda mmra n’anim, na yɛmfa nnwom nni ahurisie mma no. Na AWURADE yɛ Onyankopɔn kɛseɛ ne ɔhenkɛseɛ, anyame nyinaa so. Ne nsam na asase mu ahuntadeɛ wɔ, na mmepɔ so srɔnsrɔn nso wɔ no. Ɔno na ɛpo wɔ no, na ɔno na ɔyɛeɛ, na asase pɛsɛɛ nso, ne nsa na ɛnwonoeɛ. Mommra mma yɛmmutu nkoto nsɔre AWURADE, yɛn yɛfoɔ anim. Na ɔno ne yɛn Nyankopɔn, na yɛn deɛ, yɛyɛ n’adidibea nkurɔfoɔ ne ne nsam nnwan. Ɛnnɛ mote ne nne no ɛ! Monnyɛ mo akoma denden sɛ Meriba, sɛ Masa da no, ɛserɛ so hɔ, berɛ a mo agyanom gyegyee m’ano, na wɔsɔɔ me hwɛeɛ no, nanso na wɔanya me nnwuma nhunui. Mfeɛ aduanan na awoɔ ntoatoasoɔ no ho yɛɛ me ahi, na mekaa sɛ: Ɔman a wɔfom akoma mu ne wɔn. Na wɔn deɛ, wɔanhunu m’akwan. Na ɛmaa mekaa m’abufuo mu ntam, sɛ wɔrennuru me home mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Monto dwom foforɔ mma AWURADE, asase nyinaa, monto dwom mma AWURADE. Monto dwom mma AWURADE, monhyira ne din, monka ne nkwagyeɛ mfiri da nkɔ da mu. Monka n’animuonyam, amanaman mu, n’anwanwadeɛ, aman nyinaa mu. Na AWURADE yɛ kɛseɛ, na ɔsɛ ayeyie sɛ, ne ho yɛ hu, anyame nyinaa so, na aman anyame nyinaa yɛ abosonhuhuo, na AWURADE mmom na ɔyɛɛ ɔsoro. Ɔhran ne animuonyam wɔ n’anim, tumi ne ahoɔfɛ wɔ ne kronkronbea hɔ. Aman mmusuakuo, momfa mma AWURADE, momfa animuonyam ne tumi mma AWURADE. Momfa AWURADE din animuonyam mma no, monsoa ayɛyɛdeɛ mmra n’abannwa so. Monsɔre AWURADE, ahokeka kronkron mu, asase nyinaa, mo ho mpopo n’anim. Monka amanaman mu sɛ, AWURADE di hene, na wiase tim hɔ a ɛrenhinhim, na ɔbɛdi aman so, tenenee mu. Ma ɔsoro ani nnye na asase ho nsane no, ma ɛpo ne ne mayɛ nworo. Ma petee mu ne deɛ ɛwom nyinaa nni ahurisie, ɛno na kwaeɛ mu nnua nyinaa bɛto anigyeɛ nnwom, wɔ AWURADE anim, na ɔreba, na ɔreba abɛbu asase atɛn. Ɔrebɛbu wiase atɛn tenenee mu, ne aman wɔ ne nokorɛ mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE di hene, ma asase ho nsane no, na nsupɔ bebree no nso ani nnye. Mununkum ne sum atwa ne ho ahyia, tenenee ne atemmuo ne n’ahennwa nnyinasoɔ. Ogya di n’anim, na ɛrehye n’ahohiahiafoɔ hyia. N’anyinam hran wiase, asase hunu, na ɛpopo. Mmepɔ nane sɛ akraa AWURADE anim, asase nyinaa AWURADE anim. Ɔsoro ka ne tenenee kyerɛ, na aman nyinaa hunu n’animuonyam. Ahonisomfoɔ, mekyerɛ wɔn a wɔde abosonhuhuo hoahoa wɔn ho no nyinaa ani awu, mo anyame nyinaa, monkoto no. Sion te, na n’ani gye, Yuda mmammaa ho sane wɔn, AWURADE, w’atemmuo nti. Na wo AWURADE ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so, wɔama wo so koraa wɔ anyame nyinaa so. Mo a modɔ AWURADE, monkyiri bɔne. Ɔhwɛ n’ahotefoɔ kra so, ɔbɛyi wɔn afiri abɔnefoɔ nsam. Wɔde hann agu ama ɔteneneeni, ne anigyeɛ ama akoma mu teefoɔ. Ateneneefoɔ, mo ani nnye AWURADE ho, na monyi ne din kronkron ayɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Monto dwom foforɔ mma AWURADE, na wayɛ anwanwadeɛ, ne nifa ne ne basa kronkron adi nim ama no. AWURADE ama wɔahunu ne nkwagyeɛ, wayi ne tenenee adi, amanaman anim. Wakae n’adɔeɛ ne ne nokorɛ ama Israel fie, asase ano nyinaa ahunu yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ. Nsase nyinaa, mommɔ ose mma AWURADE, monteam nni ahurisie nto ayeyie dwom. Monto dwom mma AWURADE sankuo so, sankuo ne dwontoɔ nne so. Momfa totorobɛnto ne mmɛn nne mmɔ ose, Ɔhene AWURADE anim. Ma ɛpo ne ne mayɛ nworo, wiase ne wɔn a wɔte mu. Ma asuo akɛseɛ mmobɔ nsam, mmepɔ mmom nni ahurisie, AWURADE anim, na ɔreba abɛbu asase atɛn. Ɔbɛbu wiase atɛn, tenenee mu, ne aman wɔ atɛntenenee mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE di hene, aman ho popo; ɔte Kerubim so, asase him. AWURADE yɛ kɛseɛ wɔ Sion, na wɔama no so aman nyinaa so. Wɔbɛyi ne din kɛseɛ a ɛho yɛ hu no ayɛ, ɔno na ɔyɛ kronkron. Ɔhene tumfoɔ a wodɔ atemmuo, wo na wobu atɛntenenee, Yakob mu atemmuo ne tenenee, wo na wobuo. Momma AWURADE yɛn Nyankopɔn so, na monkoto nsɔre ne nan ase adwa anim. Ɔno na ɔyɛ kronkron. Mose ne Aaron wɔ n’asɔfoɔ mu, na Samuel wɔ wɔn a wɔbɔ ne din mu, wɔfrɛɛ AWURADE, na ɔgyee wɔn so. Ɔkasa kyerɛɛ wɔn mununkum dum mu, wɔdii n’adansesɛm ne ahyɛdeɛ a ɔde maa wɔn no so. AWURADE, yɛn Nyankopɔn, wo na wogyee wɔn soɔ, woyɛɛ wɔn Onyankopɔn a ɔde kyɛ, ne wɔn nneyɛɛ so weretɔfoɔ. Momma AWURADE, yɛn Nyankopɔn, so, na monkoto nsɔre wɔ ne bepɔ kronkron so, na AWURADE, yɛn Nyankopɔn, ne kronkron.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Asase nyinaa, mommɔ ose mma AWURADE. Momfa anigyeɛ nsom AWURADE, na momfa ahurisie dwom mmra n’anim. Monhunu sɛ AWURADE ne Onyankopɔn, ɔno na ɔyɛɛ yɛn, ɔno na yɛwɔ no na yɛnne yɛn ho, na yɛyɛ ne man ne n’adidibea nnwan. Momfa aseda nhyɛne n’aponkɛseɛ mu, na momfa ayeyie mmra n’abannwa so. Monna no ase, monhyira ne din. Na AWURADE yɛ, n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, na ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mɛto adɔeɛ ne atemmuo ho dwom, wo, AWURADE, na mɛto dwom yi mama woɔ. Mede nimdeɛ bɛfa pɛyɛ kwan so. Da bɛn na wobɛba me nkyɛn? Mede m’akoma pɛyɛ bɛnante me fie. Meremma ahuhusɛm biara nsi m’ani so, mekyiri ahohwisɛmdie, ɛremfam me ho. Akoma kontonkyi mpare me, bɔne rensɔ m’ani. Deɛ ɔhunta twiri ne yɔnko no, ɔno na mɛtwa no; ahantan ani ne akoma a ɛhoran merempene no. M’ani wɔ asase so nokwafoɔ so, sɛ wɔmmɛtena me ho; deɛ ɔnam pɛyɛ kwan soɔ no, ɔno na ɔmmɛsom me. Deɛ ɔtwa nkontompo rentena me dan mu, deɛ ɔkeka atorosɛm rennyina m’anim. Daa anɔpa mɛtwitwa asase so abɔnefoɔ nyinaa, na matu amumuyɛfoɔ nyinaa mafiri AWURADE kuro mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ao, AWURADE, tie me mpaebɔ, na ma me sufrɛ nnuru w’anim. Nyi w’anim nhunta me, da a me ho hia me no, brɛ w’aso ase ma me, da a mesu mefrɛ no, yɛ ntɛm gye me so. Na me nna hi sɛ wisie, na me nnompe adɔ sɛ mmukyia. M’akoma abo na akusa sɛ ɛfan, na m’ani apa m’aduanedie so. M’apinisie nne nti me nnompe afemfam me wedeɛm. Mete sɛ ɛserɛ so nantwinoma, mayɛ sɛ amamfo so patuo. Mesiri pɛ, mete sɛ apatuprɛ a ɔno nko si ɛdan atifi. Da mu nyinaa m’atamfoɔ bɔ me ahohora, wɔn a wɔbɔ me so dam de me yɛ ntanka. Na madi nso sɛ aduane, na mede esu mafra m’anonneɛ mu. Ɛnam w’abufuo ne w’anibereɛ so nti, na womaa me soɔ, na woato me atwene. Me nna te sɛ sunsum a ɛretwam, na me deɛ, mekusa sɛ ɛfan. Na wo, AWURADE deɛ, wowɔ hɔ daa, na wo nkaeɛ kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. Wobɛsɔre abɛhunu Sion mmɔbɔ, na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wodom no ni, na ɛberɛ no adu. Na wo nkoa wɔ n’aboɔ ho akoma, na wɔn yam hyehye wɔn, ne mfuturo ho. Na amanaman bɛsuro AWURADE din, na asase so ahemfo nyinaa asuro w’animuonyam, sɛ AWURADE akyekyere Sion, wayi ne ho adi n’animuonyam mu, wadane n’ani akyerɛ onnibie mpaebɔ, na wampo wɔn mpaebɔ. Wɔbɛtwerɛ yei ama nkyirimma, na ɔman a wɔbɛbɔ wɔn no bɛyi AWURADE ayɛ, sɛ wafiri ne soro kronkron hɔ abrɛ n’ani ase ahwɛ fam, AWURADE firi soro na ahwɛ asase, sɛ ɔbɛtie apokyerɛfoɔ apinisie, na wasane owuo mma, na wɔabɔ AWURADE din Sion, na wɔaka n’ayeyie Yerusalem, da a aman bɛbom aboaboa wɔn ho ano ne ahennie, sɛ wɔbɛsom AWURADE. Wago me tumi mu ɔkwan mu, watwa me nna so. Meka sɛ: Me Nyankopɔn, mmu me nna mu mfa me, wo mfeɛ kyɛre kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. Tete nteredee na wohyɛɛ asase aseɛ, na ɔsoro ne wo nsa ano adwuma. Ɛno deɛ, ɛbɛsɛe, na wo deɛ, wotim hɔ daa. Wɔn nyinaa bɛsu sɛ atadeɛ, wobɛsakyera wɔn sɛ atadeɛ, na wɔasakyera. Na wone wo ara, na wo mfeɛ rensa da. Wo nkoa mma bɛtena ase, na wɔn asefoɔ atim w’anim.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Me kra, hyira AWURADE, na me mu adeɛ nyinaa nhyira ne din kronkron. Me kra, hyira AWURADE, na mma wo werɛ mmfiri ne nneyɛɛ pa nyinaa. Ɔno na ɔde wo mfomsoɔ nyinaa kyɛ woɔ, na ɔsa wo nyarewa nyinaa. Ɔgye wo nkwa firi Amena mu, ɔde adɔeɛ ne mmɔborɔhunu bɔ wo abotire. Ɔde adepa hyɛ w’afono ma na wo mmeranteberɛ yɛ foforɔ sɛ ɔkɔdeɛ. AWURADE di asɛntenenee, na ɔbu atɛn gye wɔn a wɔhyɛ wɔn soɔ nyinaa. Ɔde n’akwan kyerɛɛ Mose, ɔmaa Israel mma hunuu ne nneyɛɛ. Mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ ne AWURADE, ne bo kyɛre fu, na n’adɔeɛ dɔɔso. Ɔrenham nkɔsi daapem, na ɔrennya yɛn menasepɔ nkɔsi daa. Ɔnsusu yɛn bɔne so ne yɛn nni, na ɔnhwɛ yɛn mfomsoɔ nhyɛ yɛn ananmu. Na sɛ ɔsoro ware sene asase no, sɛ n’adɔeɛ so, wɔn a wɔsuro no soɔ ne no. Sɛ apueeɛ ne atɔeɛ ntam ware no, sɛ wama yɛn ne yɛn mmarato ntam aware ne no. Sɛ agya yam hyehye no ne mma ho no, sɛ AWURADE yam yɛ no wɔn a wɔsuro no ho ne no. Na ɔnim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfuturo. Ɔdasani deɛ, ne nna te sɛ ɛserɛ, ɔyɛ frɔmm sɛ wiram nhwiren. Sɛ mframa bɔ fa ne so a, na ɔnni hɔ, na ne sibea nni no bio. Na AWURADE adɔeɛ firi daa kɔ daa, wɔn a wɔsuro no so, na ne tenenee wɔ hɔ ma mma mma, ma wɔn a wɔdi n’apam soɔ, na wɔkae n’ahyɛdeɛ sɛ wɔbɛyɛ. AWURADE de n’adwa asi soro, na n’ahennie di ade nyinaa so. AWURADE abɔfoɔ, monhyira no, mo ahoɔden mu akatakyie a modi n’asɛm soɔ na motie ne kasa no. AWURADE asafo nyinaa, monhyira no, n’asomfo a moyɛ deɛ ɛsɔ n’ani no. AWURADE nnwuma nyinaa, monhyira no, mmeammea a ɔdi tumi nyinaa. Me kra, hyira AWURADE.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Me kra, hyira AWURADE. AWURADE, me Nyankopɔn, woso kɛse, woahyɛ ɔhran ne animuonyam. Ɔfira hann sɛ ntoma, ɔtrɛ ɔsoro mu sɛ ntomadan tam, ɔde ne mpia sam nsuo so, ɔde mununkum yɛ ne teaseɛnam, ɔde mframa ntaban nenam. Ɔde mframa yɛ n’abɔfoɔ, ɔde ogya a ɛderɛ yɛ n’asomfo. Ɔde asase atim ne nnyinasoɔ so, na anhinhim da biara da. Wode ebunu kataa so sɛ atadeɛ, nsuo gyinaa mmepɔ so, w’animka nti ɛdwanedwanee, w’aprannaa nne nti na ɛyɛɛ ntɛm kɔeɛ, mmepɔ memaa wɔn ho so, ɛsene kɔɔ abɔn mu, deɛ woasiesie ama no hɔ. Woatwa ɔhyeɛ sɛ ɛnntra, na ansane ammɛkata asase so. Ɔyi nsuo aniwa, abɔn mu, ɛsene nenam mmepɔ ntam. Ɛma wiram mmoa nyinaa nom bi, atorɔmo de kum wɔn sukɔm. Ɛso na ewiem nnomaa teteɛ, nnua mman mu na wɔfiri ma wɔn nne soɔ. Ɔfiri ne soro mpia mu gu mmepɔ so nsuo, wo nnwuma so aba mee asase. Ɔma wira fifiri ma afieboa, ne afuomduane a onipa yɛ ho adwuma, sɛ ɔbɛma aduane afiri asase mu. Na nsa ama ɔdasani akoma atɔ ne yam, na wama ngo ayɛ onipa anim dɛhyɛdɛhyɛ, na aduane awowa ɔdasani akoma. Wɔma AWURADE nnua nso mee, Lebanon ntweneduro a ɔduaeɛ no. Ɛhɔ na nnomaa yɛ wɔn mpirebuo, asukɔnkɔn wɔ ne fie, pepeaa nnua so. Mmepɔ atentene yɛ dwanekɔbea ma akyekyeregya, na abotan yɛ ma mmoakua. Ɔyɛɛ ɔsrane sɛ ɛnkyerɛ berɛ mu nsakyeraeɛ, owia nim ne tɔberɛ. Woma sum duru, na adeɛ sa, ɛno mu na kwaeɛ mu mmoa nyinaa keka wɔn ho. Gyataburuwa bobom di mmoa akyi, na wɔkɔpɛ wɔn aduane, Nyankopɔn nsam. Owia pue a, wɔtwe wɔn ho, na wɔbutubutu wɔn atu mu. Onipa firi kɔ n’adwuma ne ne dwumadie ho kɔsi anwummerɛ. AWURADE, sɛdeɛ wo nnwuma si dɔɔso fa, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔdeɛ ahyɛ asase so ma. Ɛpo ni, ɛso, na ɛtrɛ kakraa, ɛhɔ na mmoa manyamanya a ɛnni ano nenam, mmoa nketewa ne akɛseɛ. Ɛhɔ na ahyɛn nenam, dɛnkyɛmmirampɔn a woyɛɛ no sɛ ɔngoro mu no ni. Wɔn nyinaa hwɛ wo kwan sɛ ma wɔn wɔn aduane, ne berɛ mu. Woma wɔn, na wɔtase, wobue wo nsam, na adepa mee wɔn. Wohunta w’ani, na wɔpatu wu, woyi wɔn ahome, na wɔgyaa mu, na wɔsane kɔ wɔn mfuturo mu. Wosoma w’ahome ba, na wode bɔ wɔn, na woma asase ani yɛ foforɔ. Ma AWURADE animuonyam ntena hɔ daa, ma AWURADE ani nnye ne nnwuma mu. Ɔno na ɔhwɛ asase na ɛwosoɔ, ɔka mmepɔ na ɛfiri wisie. Mete aseɛ yi, mɛto dwom mama AWURADE, mewɔ hɔ yi, mɛto ayeyie dwom mama me Nyankopɔn. Ɔmma m’adwene yi nyɛ no fɛ, na me nso m’ani bɛgye AWURADE ho. Ma nnebɔneyɛfoɔ nsa asase so, na mma abɔnefoɔ nntena hɔ bio. Me kra, hyira AWURADE. Monyi AWURADE ayɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Monna AWURADE ase, mommɔ ne din, momma wɔnhunu ne nneyɛɛ, aman mu. Monto dwom mma no, monto ayeyie dwom mma no, monnwene n’anwanwadeɛ nyinaa ho nka. Momfa ne din kronkron nhyehyɛ mo ho, wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE no akoma ntɔ wɔn yam. Mompɛ AWURADE ne ne tumi akyiri kwan, monhwehwɛ n’anim daa. Monkae n’anwanwadeɛ a wayɛ, n’ahodwirideɛ ne n’anom atemmusɛm no, mo, n’akoa Abraham asefoɔ, Yakob a ɔyii no no mma. Ɔno ne AWURADE yɛn Nyankopɔn, n’atemmuo wɔ asase nyinaa so. Ɔkae n’apam no de kɔsi daa, asɛm a ɔhyɛ maa awoɔ ntoatoasoɔ apem no, apam a ɔne Abraham pameeɛ no ne ne ntam a ɔkaa Isak no, na ɔde sii hɔ maa Yakob sɛ ahyɛdeɛ, na ɔde maa Israel sɛ daa apam no, sɛ: Wo na mede Kanaan asase bɛma wo sɛ mo apɛgyadeɛ a wɔkyɛ no homa soɔ. Ɛberɛ a nnipa no ano nnɔɔso, wɔyɛ kakraa bi ne ahɔhoɔ wɔ hɔ na wɔnenam firi ɔman mu kɔ ɔman mu, wɔfiri ahennie bi mu kɔ ɔman foforɔ bi mu no, wamma obiara kwan sɛ ɔnhom wɔn so, na wɔn nti ɔkaa ahemfo anim sɛ: Monnka me nnipa a wɔasra wɔn no, na monnyɛ m’adiyifoɔ bɔne bi. Na ɔmaa ɛkɔm baa asase no so, ɔbubuu aduane poma nyinaa mu; Ɔsomaa onipa bi dii wɔn anim, wɔtɔn Yosef maa no kɔyɛɛ akoa. Wɔde mpokyerɛ miaa ne nan, de no too dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu kɔsii berɛ a n’asɛm baa mu, AWURADE asɛm sɔɔ no hwɛe. ɔhene soma maa wɔkɔtuu no, deɛ ɔdi aman soɔ no maa wɔkɔsanee no. Ɔde no sii ne fie so panin, ne deɛ ɔwɔ nyinaa sodifoɔ, sɛ ɔnkyerɛ n’asafohene deɛ ɔpɛ, na ɔnkyerɛ ne mpanimfoɔ nyansa. Ɛnna Israel baa Misraim, na Yakob bɛsoɛɛ Ham asase so sɛ hɔhoɔ. Na ɔmaa ne man ase kyenee bebree, na ɔmaa wɔyɛɛ den sene wɔn ahohiahiafoɔ. Ɔdanee wɔn akoma sɛ wɔntane ne man, na wɔmfa aniteɛ nhyɛ ne nkoa so. Ɔsomaa n’akoa Mose ne Aaron a ɔyii no no. Wɔyii ne nsɛnkyerɛnneɛ sii wɔn mu, ne anwanwadeɛ, Ham asase so. Ɔsomaa esum maa no duruu sum, nanso wɔannwene ne nsɛm ho. Ɔdanee wɔn nsuo mogya, na ɔde kum wɔn mpataa. Wɔn asase dɔɔ mponkyerɛne manyamanya maa wɔbaa wɔn ahemfo mpia mu. Ɔkasae, na anwansena borebore bae, ntontom baa wɔn asase nyinaa so. Ɔde asukɔtweaa yɛɛ wɔn osutorɔ maa ogyaframa baa wɔn asase so. Na ɔbobɔɔ wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma, na ɔbubuu wɔn asase so nnua. Ɔkasae, na ntutummɛ bae ne mmɛbɛ a wɔn dodoɔ nni ano, na wɔbɛdii wɔn asase so ahahan nyinaa, na wɔdii wɔn mfuo so aduane. Na ɔbobɔɔ wɔn asase so mmakan nyinaa, wɔn ahoɔden nyinaa mu mma a ɛdi kan. Na ɔde wɔn ne dwetɛ ne sika firi kɔe, na onipa a ɔyɛ mmerɛ biara nni ne mmusuakuo mu. Wɔn adifire yɛɛ Misraimfoɔ anigyeɛ, na wɔn ho hu tɔɔ wɔn so. Ɔtrɛɛ mununkum mu yɛɛ nkatasoɔ, ne ogya, sɛ ɛnyɛ hann anadwo. Wɔbisae, na ɔde mmoko bae, na ɔde ɔsoro aduane maa wɔmee. Ɔbuee ɔbotan maa nsuo tuee, ɛtenee anwea pradada so sɛ asubɔnten. Na ɔkaee n’asɛm kronkron no, ɔkaee n’akoa Abraham, na ɔyii ne man maa wɔde abotɔyam firii adi, ɔmaa wɔn a ɔyii wɔn no de ahurisie kɔe. Na ɔde amanaman nsase maa wɔn, na wɔdii nkurɔfoɔ adwuma so adeɛ, sɛ wɔnhwɛ n’ahyɛdeɛ nyɛ, na wɔnni ne mmara so. Monyi AWURADE ayɛ!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Monyi AWURADE ayɛ! Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Hwan na ɔbɛtumi aka AWURADE mmaninneɛ, na wama wɔate n’ayeyie nyinaa? Nhyira ne wɔn a wɔkura atemmuo mu, ne deɛ ɔdi asɛntenenee daa nyinaa. AWURADE, wo man ho anisɔ no mu, kae me, wo nkwagyeɛ mu bɛhwɛ me, na menhunu wɔn a woayi wɔn no nnepa, na m’ani nnye wo nkurɔfoɔ no anigyeɛ ho bi, na me ne w’agyapadeɛ nhyehyɛ yɛn ho. Yɛne yɛn agyanom ayɛ bɔne, yɛafom, yɛayɛ bɔne kɛse. Yɛn agyanom anhunu w’anwanwadeɛ Misraim, wɔankae w’adɔeɛ dodoɔ no, na wɔtee atua ɛpo ho, Mmɛwa Po ho. Nanso ne din nti ɔgyee wɔn, sɛ ɔbɛma wɔahunu ne mmaninyɛ. Ɔteateaa Mmɛwa Po no maa no wee, na ɔde wɔn faa abunu mu sɛ anwea pradada so. Na ɔgyee wɔn firii deɛ ɔkyiri wɔn no nsam, na ɔyii wɔn firii ɔtamfoɔ nsam, na nsuo kataa wɔn ahohiahiafoɔ so, wɔn mu baako mpo anka. Ɛnna wɔgyee ne nsɛm diiɛ, wɔtoo n’ayeyie dwom. Wɔn werɛ firii ne nneyɛɛ ntɛm, wɔantwɛn n’agyinatuo. Na wɔn kɔn dɔɔ ntraso ɛserɛ so, na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe anwea pradada so. Ɛnna ɔmaa wɔn deɛ wɔbisaeɛ, nanso ɔmaa ɔfɔn baa wɔn kra mu. Na wɔn ani beree Mose, nsraban no mu, ne Aaron, AWURADE hotefoɔ no. Asase mu bue menee Datan, na ɛkataa Abiram asafo so. Na ogya sɔ kɔkaa wɔn asafo, ogyaframa taferee abɔnefoɔ no. Wɔyɛɛ nantwie ba Horeb, na wɔkotoo ohoni a wɔguiɛ. Na wɔsakyeraa wɔn animuonyam yɛɛ no nantwie a ɔwe wira nsɛso. Wɔn werɛ firii Onyankopɔn a ɔgyee wɔn na ɔyɛɛ nnoɔma akɛseɛ Misraim, ɔyɛɛ anwanwadeɛ Ham asase so, ne ahudeɛ, Mmɛwa Po ho no. Na ɔse anka ɔbɛsɛe wɔn, nanso Mose a ɔyii no no kɔgyinaa n’anim sii abuo no ano, sɛ ɔbɛyi n’abufuo, na wansɛe wɔn. Na wɔtoo asase a ɛyɛ no ho mpe, wɔannye n’asɛm anni. Wɔnwiinwii wɔn ntomadan mu, na wɔantie AWURADE asɛm. Ɛnna ɔmaa ne nsa so tiaa wɔn sɛ ɔbɛma wɔatotɔ ɛserɛ so, na wabɔ wɔn asefoɔ agu amanaman mu, na wapansam wɔn, nsase so. Na wɔde wɔn ho bɔɔ Baal-peor ho, na wɔdii adefunu afɔrebɔdeɛ, na wɔde wɔn nneyɛɛ huruu no, na owuyadeɛ baa wɔn mu. Na Pinehas sɔre gyina patae, na ɔsɔɔ owuyadeɛ no ano. Na wɔbuu yei tenenee maa no kɔɔ mma mma so kɔsi daa. Na wɔyii no abufuo, Meriba nsuo no so, na wɔn nti ɛwiee Mose bɔne. Na wɔhoo ne honhom werɛ, na ɔde n’ano woroo nsɛm. Wɔankunkum aman a AWURADE kaa wɔn ho asɛm no na wɔfrafraa amanaman no mu, na wɔsuasuaa wɔn nneyɛɛ. Na wɔsom wɔn ahoni, na ɛdanee wɔn fidie. Na wɔde wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa bobɔɔ afɔdeɛ maa abosom, na wɔkaa mogya a ɛnni fɔ gui, wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa mogya, wɔde wɔn bɔɔ afɔdeɛ maa Kanaan ahoni, maa mogya guu asase no ho fi. Na wɔde wɔn nneyɛɛ maa wɔn ho yɛɛ nwunu, na wɔde wɔn nsɛnnie dan nnwamamfoɔ. Ɛnna AWURADE abufuo dɛre tiaa ne man, na ɔkyirii n’agyapadeɛ. Na ɔde wɔn hyɛɛ amanaman nsa, na wɔn a wɔkyiri wɔn dii wɔn so. Na wɔn atamfoɔ hyɛɛ wɔn so, na wɔbrɛɛ wɔn ase hyɛɛ wɔn nsa ase. Ɔgyee wɔn mpɛn pii, na wɔn deɛ, wɔtee atua, wɔn apam so, na wɔbrɛɛ wɔn ase wɔn amumuyɛ mu. Nanso ɔhwɛɛ wɔn ahohia maa wɔn, ɔtiee wɔn abooboo no. Na ɔkaee n’apam maa wɔn, na n’adɔeɛ dodoɔ nti ɔyɛɛ ntimmɔborɔ. Na ɔmaa wɔn a wɔfaa wɔn nnommum nyinaa hunuu wɔn mmɔbɔ. Gye yɛn nkwa, AWURADE, yɛn Nyankopɔn, na boaboa yɛn ano firi amanaman mu, na yɛnna wo din kronkron no ase, na yɛmfa w’ayeyie nhyehyɛ yɛn ho. Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn firi tete akyirikyiri kɔsi daakye akyirikyiri, na ma ɔman mu no nyinaa nse sɛ: Amen. Monyi AWURADE ayɛ!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Ma wɔn a AWURADE agye wɔn nka saa, wɔn a wagye wɔn afiri ɔhohiahiafoɔ nsam, na waboaboa wɔn ano afiri nsase soɔ, afiri apueeɛ ne atɔeɛ, afiri atifi fam ne anafoɔ fam. Wɔkyinkyinii anwea pradada so, nkyɛkyerɛ a ɛnni kwan so, wɔanhunu kuro biara antena mu. Ɛkɔm dee wɔn, sukɔm dee wɔn, wɔn kra tɔɔ piti wɔ wɔn mu. Na wɔsu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu, na ɔgyee wɔn firii wɔn ahokyere mu, na ɔde wɔn faa ɔkwantenenee so sɛ wɔnkɔ kuro a wɔbɛtumi atena mu so. Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho, ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu, sɛ wama ɔkra a ne ho aweɛ ameeɛ, na ɔde adepa ahyɛ ɔkra a ɛkɔm de no ma. Wɔn a wɔtenaa sum ne sum kabii mu, na wɔkyeree wɔn guu amaneɛ ne dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, ɛfiri sɛ wɔtee Nyankopɔn nsɛm ho atua, na wɔbuu ɔsorosoroni no agyina animtia, na ɔde ɔhaw brɛɛ wɔn akoma ase, wɔhwehwee ase a ɔboafoɔ bi nni hɔ. Na wɔsu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu, na ɔgyee wɔn firii wɔn ahokyere mu. Ɔyii wɔn firii sum ne sum kabii mu, na ɔbubuu wɔn mpokyerɛ mu. Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho, ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu, sɛ wabubu kɔbere mfrafraeɛ apono, na watwitwa adaban mu asinasini. Agyegyentwie, wɔn mmarato kwan ne wɔn amumuyɛ nti wɔhunuu amane. Wɔn kra kyiri aduane nyinaa na wɔbɛn owuo aboboano. Na wɔsu frɛɛ AWURADE wɔn ahohia mu, na ɔgyee wɔn firii wɔn ahokyere mu. Ɔmaa n’asɛm bɛsaa wɔn yadeɛ, na ɔyii wɔn firii wɔn amena mu. Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho, ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu, na wɔmmɔ aseda afɔdeɛ, na wɔmfa ahurisie dwom nka ne nneyɛɛ. Wɔn a wɔsiane kɔ ɛpo so ahyɛn mu na wɔkɔdi nsuo akɛseɛ mu dwuma no, wɔn na wɔhunuu AWURADE nneyɛɛ, ne n’anwanwadeɛ ebunu mu, na ɔka maa ahum kɛseɛ tui, na ɛmaa n’asorɔkyeɛ so. Wɔforo kɔɔ soro, na wɔsiane kɔɔ bunu donkodonko mu, ahohia nti wɔn kra hodwoe. Wɔkyim kɔ bae tɔɔ ntintan sɛ asabofoɔ, na wɔn nyansa nyinaa sae wɔn tirim. Na wɔsu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu, na ɔgyee wɔn firii wɔn ahokyere mu. Ɔmaa ahum no yɛɛ komm, na asorɔkyeɛ no yɛɛ dinn. Na wɔn ani gyee sɛ ano adwo komm, na ɔde wɔn kɔɔ wɔn agyinaeɛ a wɔhwehwɛɛ hɔ no: Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu, na wɔmma no so ɔman ahyiaeɛ mu, na wɔnyi no ayɛ mpanimfoɔ dwabɔ mu. Ɔdanee asutene maa no yɛɛ anwea pradada ne nsuo aniwa maa no yɛɛ nkyɛkyerɛ. Asase a ɛma aduane danee asase kɛsɛɛ, wɔn a wɔte soɔ no bɔneyɛ nti. Ɔdanee anwea pradada maa no yɛɛ ɔtadeɛ, ne nkyɛkyerɛ maa no yɛɛ nsuo aniwa, na ɔmaa wɔn a ɛkɔm dee wɔn kɔtenaa hɔ, na wɔkyekyeree kuro tenaa mu, na wɔyɛɛ mfuo, na wɔtetɛɛ bobe nturo, na wɔnyaa nnɔbaeɛ pii. Na ɔhyiraa wɔn maa wɔn ase kyenee bebree, na wamma wɔn afieboa so anhwan. Ɛnna afei wɔn so hwaneeɛ, na wɔbrɛɛ wɔn ase, ɛnam nhyɛsoɔ, ɔhaw ne awerɛhoɔhyɛ nti. Ɔde animtiabuo gu mmapɔmma so, na ɔma wɔkyini asase fo a ɔkwan nni hɔ so. Na ɔmaa ohiani so firii amanehunu mu, na ɔyɛɛ wɔn mmusua sɛ nnwankuo. Teneneefoɔ bɛhunu, na wɔn ani agye, na amumuyɛ nyinaa bɛmua n’ano. Obiara a ɔyɛ onyansafoɔ no, ma no mmu yeinom, na ma wɔnwene AWURADE adɔeɛ ho.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
M’akoma atim, Onyankopɔn, m’akoma atim! Mɛto dwom, na mayi ayɛ! Me kra nyane! Bɛnta ne sankuten, monyane, mɛnyane anɔpahema. AWURADE, mɛda wo ase, aman mu, na mɛto ayeyie dwom mama wo, aman mu. Na w’adɔeɛ so tra ɔsoro, na wo nokorɛ duru ewiem tɔnn. Onyankopɔn, ma wo ho so tra ɔsoro, na ma w’animuonyam so asase nyinaa so. Deɛ ɛbɛyɛ na woagye w’adɔfo nti, fa wo nifa gye yɛn nkwa, na gye me so. Onyankopɔn akasa ne kronkronyɛ mu: Medi ahurisie, mɛkyɛ Sekem mu, na masusu Sukot bonhwa. Gilead wɔ me, Manase wɔ me, na Efraim yɛ me tiri so dadeɛ kyɛ, Yuda yɛ m’ahempoma. Moab yɛ me dwaresɛn, Edom so na mɛto me mpaboa maguo, Filistifoɔ asase so na mɛbɔ ose. Hwan na ɔde me bɛkɔ kuro denden no mu, hwan na ɔbɛgya me akɔ Edom? Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woasum yɛn aguo yi, na wo, Onyankopɔn, ne yɛn dɔm ankɔ? Bɛboa yɛn firi ahohia mu, na onipa mmoa yɛ ɔkwa. Yɛde Onyankopɔn na ɛbɛyɛ mmaninneɛ, na ɔno na ɔbɛtiatia yɛn ahohiahiafoɔ soɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
M’ayeyie Nyankopɔn, mmua w’ano. Na abɔnefoɔ ne nkontompofoɔ abue wɔn ano atia me, wɔde tɛkyerɛma torofoɔ akeka me ho nsɛm, na wɔde nitansɛm atwa me ho ahyia, na wɔne me di ako kwa. Wɔtane me de hyɛ me dɔ ananmu, na me deɛ, mpaeɛ ara na mebɔ. Na wɔde bɔne hyɛ me papa ananmu, na wɔkyiri me de hyɛ me dɔ ananmu. Fa ɔbɔnefoɔ si ne so, na ma Satan nnyina ne nifa. Wɔbu no atɛn a, ma no nni fɔ, na ma ne mpaebɔ nnane no bɔne. Ma ne nna nsua, na ne hwɛ adwuma no, ma obi mfa, ne mma nyɛ nwisiaa, na ne yere nnane okunafoɔ, na ne mma nkyinkyini nsrɛsrɛ adeɛ, na wɔmfiri wɔn amamfo so nkɔhwehwɛ aduane. Ma ɔpempensifoɔ nsa nka deɛ ɔwɔ nyinaa, na ananafoɔ mfom n’adwumadeɛ. Mma obiara adɔeɛ nnkyɛre mmma no, na obiara nnnom ne nwisiaa. Ma wɔnhye n’ase, ma wɔn din ngu awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ yi mu. Wɔnkae n’agyanom amumuyɛ AWURADE anim, na ne na bɔne nso, wɔmmpepa. Ɛntena AWURADE anim daa, na ɔntwa wɔn ho nkaeɛ mfiri asase so. Ɛsiane sɛ wankae sɛ ɔbɛyɛ adɔeɛ, na ɔtaa onipa mmɔborɔni ne ohiani ne deɛ n’akoma abubuo, sɛ ɔbɛku wɔn. Ɛnam sɛ ɔdɔɔ nnuabɔ nti, aba ne so, sɛ wampɛ nhyira nti, ɛne no ntam twe. Ɔhyɛɛ nnome sɛ n’atadeɛ, na ɛkɔɔ ne yam sɛ nsuo, ne ne nnompe mu sɛ ngo. Ma no nyɛ no sɛ ntoma a ɔfira ne abɔsoɔ a ɔde kyekyere ne ho daa. Yei ne me ho asɛmpɛfoɔ akatua a ɛfiri AWURADE nsam, ne wɔn a wɔka me kra ho asɛmmɔne no deɛ. Na wo, O Onyankopɔn ne m’AWURADE, wo din nti di ma me, na w’adɔeɛ no yɛ, yi me! Na meyɛ mmɔborɔni ne ohiani, na m’akoma apira wɔ me mu. Mekɔ sɛ sunsum a ɛrekɔtɔ, woawoso me atwene sɛ ntutummɛ. Abuada nti me nkotodwe popo, na me honam afɔn, emu sradeɛ asa. Na me deɛ, madane ahohora mama wɔn, wɔhwɛ me a, wɔwoso wɔn ti. Boa me, AWURADE, me Nyankopɔn, gye me sɛdeɛ w’adɔeɛ teɛ, na wɔnhunu sɛ wo nsa ni, sɛ wo, AWURADE, na woyɛeɛ. Wɔn deɛ, wɔdome, na wo deɛ, wohyira. Wɔsɔre, na wɔn ani wu, na w’akoa deɛ, n’ani gye. Me ho asɛmpɛfoɔ bɛhyɛ aniwuo, na wɔafira wɔn ahohora sɛ ntoma. Mede m’ano bɛkamfo AWURADE pii, mɛto ayeyie dwom mama no nnipa bebree mu, sɛ ɔgyina ohiani nifa, na ɔregye no afiri wɔn a wɔbu ne kra atɛn nsam.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE asɛm a ɔse me wura nie: Tena me nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ. Wo tumidie poma no, AWURADE firi Sion bɛtene. “Di hene w’atamfo mfimfini!” Wo man bɛyi wɔn yam koraa aba wo koda no, aduradeɛ kronkron mu, wo mmeranteɛ asafo ba ma wo sɛ obosuo firi adekyeeɛ yam. AWURADE aka ntam, na ɔrennu ne ho: Woyɛ daapem sɔfoɔ, Melkisedek dibea so. AWURADE a ɔwɔ wo nifa soɔ no bɛbobɔ ahemfo, n’abufuo da no. Ɔbɛdi amanaman mu asɛm, ɔbɛma afunu ahyɛ hɔ ma. Ɔbɛbobɔ tire asase a ɛtrɛ so. Ɔbɛnom kwan ho asutene mu nsuo, enti na ɔbɛma ne tiri soɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Monyi AWURADE ayɛ! Mede m’akoma nyinaa bɛkamfo AWURADE, ateneneefoɔ dwabɔ ne asafo mu. AWURADE nneyɛɛ yɛ akɛseɛ, wɔn a ɛyɛ wɔn fɛ nyinaa hwehwɛ akyiri kwan. N’adwuma yɛ anidie ne animuonyam, na ne tenenee gyina hɔ daa. Wama wɔakae n’anwanwadeɛ, ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ ne AWURADE. Ɔma wɔn a wɔsuro no didi mee, ɔkae n’apam daapem. Wayi ne nneyɛɛ tumi akyerɛ ne man de amanaman agyapadeɛ ama wɔn. Ne nsa ano nneyɛɛ yɛ nokorɛ ne atemmuo, n’ahyɛdeɛ nyinaa tim hɔ pintinn. Ɛtintim hɔ daa daa, wɔayɛ no nokorɛ ne tee mu. Wasoma ɔgyeɛ abrɛ ne man, wahyɛ n’apam de kɔsi daa, ne din yɛ kronkron, na ɛho yɛ hu. Nyansa mfitiaseɛ ne AWURADE suro, ɛyɛ nhunumu pa ma wɔn a wɔdi soɔ nyinaa, n’ayeyie gyina hɔ daa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Monyi AWURADE ayɛ! Nhyira ne onipa a ɔsuro AWURADE, na ɔnya ne mmara ho anika pii. N’asefoɔ bɛyɛ kɛseɛ asase so, wɔhyira teneneefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ. Adeɛ ne ahonya wɔ ne fie, na ne tenenee wɔ hɔ daa. Hann pue sum mu ma nnipa tenenee, ɔne ɔdomfoɔ, mmɔborɔhunufoɔ ne ɔteneneeni. Onipa a ɔyɛ adom na ɔde fɛm, ɛsi no yie, ɔbɛwie ne nsɛm di, atemmuo mu. Na ɔrenhinhim da biara da, ɔteneneeni bɛyɛ daa nkaeɛ. Akwanmusɛmmɔne renyi no hu, n’akoma si hɔ pintinn da AWURADE so. N’akoma atim, ɔrensuro kɔsi sɛ ɔbɛhunu deɛ ɔpɛ, n’ahohiahiafoɔ soɔ. Ɔto pete, ɔyɛ ahiafoɔ yie; ne tenenee wɔ hɔ daa, wɔbɛma n’abɛn so, animuonyam mu. Ɔbɔnefoɔ bɛhunu ama no ayɛ no ahi, ɔbɛtwɛre ne se na wahodwo, abɔnefoɔ adeɛ a wɔpɛ bɛyera.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Monyi AWURADE ayɛ! Mo AWURADE nkoa, monyi ayɛ, monyi AWURADE din ayɛ. Nhyira nka AWURADE din mfiri nnɛ nkɔsi daa. Ɛfiri owiapueeɛ kɔpem n’atɔeɛ, AWURADE din sɛ ayeyie. Wɔama AWURADE so amanaman nyinaa so, n’animuonyam tra ɔsoro. Hwan na ɔte sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn a ne tenabea wɔ soro, na ɔbrɛ ne ho ase hwɛ fam, ɔsoro ne asase soɔ? Ɔma mmɔborɔni so firi mfuturo mu, na ɔma ohiani so firi sumina so, sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma nkyɛn, ne man mu mmapɔmma. Ɔma ɔbaabonini nya efie tena mu, na ɔyɛ ɔbaatan a n’ani gyeɛ. Monyi AWURADE ayɛ!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Israel firii Misraim, na Yakob fiefoɔ firii ananafoɔ man mu no, Yuda yɛɛ ne kronkronbea, na Israel yɛɛ ne tumidibea. Ɛpo hunui, na ɛdwanee, Yordan sanee n’akyi. Na nkokoɔ yɛɛ sɛ nnwammaa. Mmepɔ hurihurii sɛ adwennini, Ɛpo, ɛdeɛn na ɛyɛɛ woɔ na woredwane, na wo Yordan nso, woresane w’akyire yi? Mo mmepɔ, sɛ morehurihuri sɛ adwennini, na mo nkokoɔ, moreyɛ sɛ nnwammaa yi? Asase, popo AWURADE anim, Yakob Nyankopɔn anim. Na twerɛboɔ yɛɛ nsuo aniwa. Ɔno na ɔdanee ɔbotan maa no yɛɛ ɔtadeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnyɛ yɛn, AWURADE, ɛnyɛ yɛn, na wo din mmom na animuonyam nka, w’adɔeɛ nti, wo nokorɛ nti. Adɛn na amanaman nka sɛ: Ɛhe ara na wɔn Nyankopɔn wɔ? Na yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro, deɛ ɔpɛ nyinaa na ɔyɛ. Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika, nnipa nsa ano adwuma. Wɔwɔ ano, na wɔnkasa, wɔwɔ ani, na wɔnhunu adeɛ, wɔwɔ aso, na wɔnte asɛm, wɔwɔ hwene, na wɔnte hwa. Wɔn nsa, wɔmfa nka adeɛ, wɔn nan, wɔmfa nnante, na wɔmfa wɔn menewa nkasa. Wɔn a wɔyɛ wɔn te sɛ wɔn ara, obiara a ɔde ne ho to wɔn soɔ no. Israel, fa wo ho to AWURADE so. Wo mmoa ne wo kyɛm ne no. Aaron fie, momfa mo ho nto AWURADE so. Mo mmoa ne mo kyɛm ne no. Mo a mosuro AWURADE, momfa mo ho nto AWURADE so. Mo mmoa ne mo kyɛm ne no. AWURADE akae yɛn, ɔbɛhyira yɛn, ɔbɛhyira Israel fie, ɔbɛhyira Aaron fie, ɔbɛhyira wɔn a wɔsuro AWURADE, nketewa ne akɛseɛ nyinaa. AWURADE bɛma mo adɔɔso, mo ne mo mma. Moyɛ nnipa a wɔahyira wɔn ama AWURADE, ɔsoro ne asase yɛfoɔ no. Ɔsoro yɛ AWURADE soro, na asase deɛ, ɔde ama nnipa mma. Ɛnyɛ awufoɔ na ɛbɛyi AWURADE ayɛ, na ɛnyɛ wɔn a wɔsiane kɔ kommyɛ mu biara. Na yɛn deɛ, yɛbɛhyira AWURADE afiri nnɛ akɔsi daa. Monyi AWURADE ayɛ!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Medɔ AWURADE sɛ ɔtie me nne ne me nkotosrɛ. Na wabrɛ n’aso ase ama me, enti mete ase yi, mɛbɔ ne din. Owuo nhoma kyekyeree me, na Asamando ahohia too me, mehunuu ahodwan ne awerɛhoɔ. Na AWURADE din na mebɔɔ sɛ: O AWURADE, mesrɛ wo, gye me kra. Ɔdomfoɔ ne teneneeni ne AWURADE, aane, yɛn Nyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufoɔ. AWURADE hwɛ awiɛmfoɔ, mehodwoe, na ɔgyee me nkwa. Me kra, sane kɔ wo home mu, na AWURADE ne wo adi no yie. Na woayi me kra afiri owuo mu, m’ani afiri nisuo mu, ne me nan afiri ahweaseɛ mu. Mɛnante AWURADE anim, ateasefoɔ asase so. Magye madi, mpo berɛ a mekaa sɛ: Me deɛ, meyɛ mmɔbɔ sɛ! Mekaa m’akomatuo mu sɛ: Nnipa nyinaa yɛ atorofoɔ. Ɛdeɛn na mede bɛhyɛ AWURADE ananmu, ne yie a ɔyɛ me nyinaa ho? Mɛma nkwagyeɛ kuruwa so, na mabɔ AWURADE din. Mede m’aboadeɛ bɛma AWURADE, ne man nyinaa anim. AWURADE ahotefoɔ wuo deɛ, ne boɔ yɛ den n’anim. O AWURADE, meyɛ w’akoa, meyɛ w’akoa, w’afenaa ba; woasane me nhoma. Wo na mɛbɔ wo aseda afɔdeɛ, na mabɔ AWURADE din. Mede m’aboadeɛ bɛma AWURADE, ne man nyinaa anim, AWURADE fie adihɔ, wo, Yerusalem, mfimfini. Monyi AWURADE ayɛ!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Amanaman nyinaa, monyi AWURADE ayɛ, aman nyinaa, monkamfo no. Na n’adɔeɛ so yɛn so, na AWURADE nokorɛ wɔ hɔ daa. Monyi AWURADE ayɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Ma Israel nka ɛ: Aane, n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Ma Aaron fiefoɔ nka ɛ: Aane, n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Ma wɔn a wɔsuro AWURADE nka ɛ: Aane, n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Mefiri ahohia mu mefrɛɛ AWURADE, na AWURADE gyee me so, deɛ ɛhɔ trɛ. AWURADE wɔ m’afa, mensuro, ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me? AWURADE wɔ m’afa sɛ me boafoɔ, na me nso mɛhunu deɛ mepɛ m’atamfoɔ soɔ. Ɛyɛ sɛ wɔtwere AWURADE sene sɛ wɔde wɔn ho bɛto nnipa soɔ. Ɛyɛ sɛ wɔtwere AWURADE sene sɛ wɔde wɔn ho bɛto ahemfo soɔ. Amanaman nyinaa atwa me ho ahyia, AWURADE din mu ara na mɛtwitwa wɔn maguo. Wɔatwa me ho ahyia awie koraa mpo, nanso AWURADE din mu ara na mɛtwitwa wɔn maguo. Wɔatwa me ho ahyia sɛ nwowa, wɔbɛdum sɛ nkasɛɛ mu gya, AWURADE din mu ara na mɛtwitwa wɔn maguo. Wɔwɔɔ me nkonsia sɛ anka menhwe ase, nanso AWURADE aboa me. M’ahoɔden ne m’ayeyie dwom ne AWURADE, na wayɛ me nkwagyeɛ. Osebɔ ne nim gyegye ateneneefoɔ ntomadan mu, AWURADE nifa di mmaninsɛm. Wɔama AWURADE nifa so, AWURADE nifa di mmaninsɛm. Merenwu, na mmom mɛnya nkwa, na maka AWURADE nneyɛɛ makyerɛ. Aso na AWURADE atwe me, na owuo deɛ, wamfa me amma no. Monhini tenenee aponkɛseɛ mma me, na menhyɛne mu menna AWURADE ase. AWURADE ponkɛseɛ nie, ateneneefoɔ bɛhyɛne mu. Meda wo ase sɛ woagye me soɔ, na woayɛ me nkwagyeɛ. Ɔboɔ a abantofoɔ apa no abɛyɛ tweaso boɔ titire. AWURADE na ɔmaa yei yɛeɛ, ɛyɛ nwanwa yɛn ani so. Yei ne da a AWURADE ayɛ, momma yɛnni ahurisie, na yɛn ani nnye wɔ mu. O AWURADE, gye nkwa ɛ, O AWURADE, ma no nsi yie! Nhyira ne deɛ ɔnam AWURADE din mu reba no, yɛfiri AWURADE fie rehyira mo. AWURADE ne Onyankopɔn, wama hann ahyerɛn ama yɛn. Momfa dua mman ntwa afahyɛ asefoɔ no ho nhyia nkɔduru afɔrebukyia no mmɛn ho. Me Nyankopɔn ne wo, na mɛda wo ase, me Nyankopɔn ne wo, mɛma wo so. Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Nhyira ne wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ, na wɔnam AWURADE mmara soɔ. Nhyira ne wɔn a wɔhwɛ n’adansesɛm soɔ, na wɔde wɔn akoma nyinaa di akyire, nso wɔnyɛ amumuyɛdeɛ, na wɔnam n’akwan soɔ. Wo na wode wo nsiesieeɛ ahyɛ yɛn sɛ yɛnni so koraa. O, sɛ wɔtenetene m’akwan, na medi w’ahyɛdeɛ so ɛ! Sɛ mehwɛ wo mmara nsɛm nyinaa a, ɛnneɛ anka m’ani renwu. Mede akoma tee bɛda wo ase sɛ meresua wo tenenee atemmudeɛ no. Mɛdi w’ahyɛdeɛ so, nnya me korakora. Ɛdeɛn na aberanteɛ de bɛte ne kwan ho? Ɛne sɛ ɔhwɛ ne ho so sɛdeɛ wo nsɛm seɛ. Mede m’akoma nyinaa mɛdi w’akyi, mma memmfiri wo mmara nsɛm ho mennkyini. Mede wo nsɛm makora m’akomam, na manyɛ wo ho bɔne bi. Nhyira ne wo, AWURADE, kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ. Mede m’ano maka w’anomu atemmuo nyinaa. W’adansesɛm kwan mu na m’ani gyeɛ, sɛdeɛ ɛgye ahonyadeɛ bi ho. Meredwene wo nsiesieeɛ ho, na merehwɛ w’akwan. W’ahyɛdeɛ ho na me ho sɛpɛ me, me werɛ remfiri wo nsɛm. Yɛ w’akoa yie, na mennya nkwa, na madi wo nsɛm so. Bue m’ani, na menhwɛ wo mmara mu anwanwadeɛ. Meyɛ ɔhɔhoɔ asase so, mfa wo mmara nsɛm nhunta me. Me kra posa daa nyinaa, w’atemmuo ho anigyina mu. Woateatea ahantanfoɔ a wɔadome wɔn a wɔfom firi wo mmara nsɛm ho no. Yi ahohora ne aniwuo firi me so, na madi w’adansesɛm so. Aman mpanin nso tena ase keka me ho nsɛm a, w’akoa bɛdwene w’ahyɛdeɛ ho. W’adansesɛm yɛ m’adɔdeɛ, na ɛyɛ m’agyinatufoɔ. Me kra aka fam, ma mennya nkwa sɛdeɛ w’asɛm teɛ. Maka m’akwan makyerɛ, na woagye me so, ma mensua w’ahyɛdeɛ. Ma menhunu wo nsiesieeɛ kwan mu, na mennwene w’anwanwadeɛ ho. Awerɛhoɔ ama me kra anane, ma me so sɛdeɛ w’asɛm teɛ. Yi atorɔ kwan firi me ho, na fa wo mmara dom me. Mafa nokorɛdie kwan, mede w’atemmudeɛ magu m’anim. Matim w’adansesɛm mu, AWURADE, mma m’ani nnwu. Metu wo mmara nsɛm kwan so mmirika, na wotrɛ m’akomam. AWURADE, kyerɛ me w’ahyɛdeɛ kwan, na mafa so makɔsi aseɛ. Ma menhunu mu, na madi wo mmara so, na mede m’akoma nyinaa bɛdi so. Ma memfa wo mmara nsɛm kwan so, na ɛno na ɛsɔ m’ani. Kom m’akoma kɔ w’adansesɛm so, na ɛnyɛ sikanibereɛ so. Ma m’ani nsiane adehunu hwɛ ho, ma mennya wo kwan mu nkwa. Hyɛ w’asɛm mu den ma w’akoa a ɔde ne ho ama wo suro. Ma m’ahohora a ɛyɛ me hu nsiane me ho, na w’atemmudeɛ yɛ. Hwɛ, mafe wo nsiesieeɛ, ma mennya wo tenenee mu nkwa. AWURADE, ma w’adɔeɛ mmra mma me, ne wo nkwagyeɛ sɛdeɛ w’asɛm teɛ. Na manya asɛm bi mabua deɛ ɔbɔ me ahohora, na mede me ho meto w’asɛm so. Na nyi nokwasɛm no mfiri m’anomu koraa, na w’atemmudeɛ so na m’ani da. Na mɛdi wo mmara so ara daa akɔsi daa ne daapem, na mɛnante tɛtrɛtɛ mu, na medi wo nsiesieeɛ akyi. Na mɛka w’adanseɛ ho asɛm ahemfo anim, na m’ani renwu. Na me ho bɛsɛpɛ me wo mmara nsɛm ho, na ɛno na madɔ, na mɛma me nsa so wo mmara nsɛm a madɔ no ho, na madwene w’ahyɛdeɛ ho. Kae asɛm a woka kyerɛɛ w’akoa no, ɛfiri sɛ womaa mede m’ani metoo so. Yei ne m’awerɛkyekyerɛ m’amanehunu mu, ɛfiri sɛ w’asɛm ma menya nkwa. Ahantanfoɔ de me ayɛ fɛdie pii, mennane memfirii wo mmara ho. AWURADE, mekae w’atemmuo a ɛfiri teteete no, na mekyekyere me werɛ. Abufuhyeɛ hyɛ me so, abɔnefoɔ a wɔgya wo mmara no nti. W’ahyɛdeɛ adane me nnwom, m’ahɔhoyɛ fie mu. AWURADE, mekae wo din anadwo, na medi wo mmara so. Yei ayɛ me adeɛ, sɛ mekura wo nsiesieeɛ mu. AWURADE, me kyɛfa ne wo, maka sɛ mɛdi wo nsɛm so. Mede m’akoma nyinaa masrɛ wo: Dom me sɛdeɛ w’asɛm teɛ. Meda medwene m’akwan ho, na medane me nan mekyerɛ w’adansesɛm. Meyɛ ntɛm, na mentwentwɛn me nan ase, sɛ mɛdi wo mmara nsɛm soɔ. Abɔnefoɔ nhoma abebare me ho, me werɛ mfirii wo mmara. Mesɔre dasuom meda wo ase, wo tenenee atemmudeɛ ho. Meyɛ wɔn a wɔsuro woɔ nyinaa adamfo, ɛne wɔn a wɔdi wo nsiesieeɛ soɔ. AWURADE, w’adɔeɛ ahyɛ asase ma, ma mensua w’ahyɛdeɛ. Wo ne w’akoa adi no yie, AWURADE, sɛdeɛ w’asɛm teɛ. Kyerɛkyerɛ me nhunumu pa ne nimdeɛ, na magye wo mmara nsɛm madi. Wɔnnya mmrɛɛ me aseɛ no, mefomee, na afei medi w’asɛm so. Woyɛ, na woyɛ yie, kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ. Ahantanfoɔ atoatoa atorɔ ato me so, me deɛ, mede m’akoma nyinaa mesɔ wo nsiesieeɛ mu. Wɔn akoma apirim sɛ sradeɛ, me deɛ, wo mmara ho na me ho sɛpɛ me. Ɛyɛ ma me sɛ wobrɛɛ me aseɛ, na ama masua w’ahyɛdeɛ. W’anomu mmara yɛ ma me sene sika ne dwetɛ mpempem. Wo nsa na ɛyɛɛ me na ɛsiesiee me, ma me nteaseɛ, na mensua wo mmara nsɛm. Wɔn a wɔsuro woɔ bɛhu me na wɔn ani agye, na w’asɛm so na m’ani da. AWURADE, mahunu sɛ w’atemmuo yɛ tenenee, na wode nokorɛdie abrɛ me ase. Ma w’adɔeɛ nyɛ me awerɛkyekyerɛ ɛ, sɛdeɛ wokaa w’akoa no. Ma wo mmɔborɔhunu mmra me so na mennya nkwa, na wo mmara ne m’anika. Ma ahantanfoɔ ani nwu sɛ wɔbrɛɛ me ase nkontompo soɔ. Me deɛ, mɛdwene wo nsiesieeɛ ho. Ma wɔn a wɔsuro woɔ nnane mmra me nkyɛn, ne wɔn a wɔnim w’adansesɛm no. Ma m’akoma nyɛ pɛ w’ahyɛdeɛ mu, na m’anim angu ase. Me kra tɔ wo nkwagyeɛ ho piti, w’asɛm so na m’ani da. W’asɛm nti m’ani ayɛ siamoo. Mese: Da bɛn na wobɛkyekyere me werɛ? Na mayɛ sɛ toa a ɛwɔ wisie mu, nanso me werɛ mfiri w’ahyɛdeɛ. W’akoa nna si ahe? Da bɛn na wobɛbu wɔn a wɔtaa me atɛn? Ahantanfoɔ atutu amena ama me, wɔn a wɔnte sɛdeɛ wo mmara kyerɛ. Wo mmara nsɛm nyinaa yɛ nokorɛ. Wɔtaa me nkontompo so, boa me! Aka kumaa na wɔahye me awie asase so, na me deɛ, mennya wo nsiesieeɛ. W’adɔeɛ nti ma mennya nkwa, na madi w’anomu adanseɛ so. AWURADE, w’asɛm tim hɔ daa wɔ, ɔsoro. Wo nokorɛdie wɔ hɔ ma awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa, woasiesie asase, na ɛgyina hɔ. Ɛgyina hɔ nnɛ sɛdeɛ w’atemmuo teɛ, na nnoɔma nyinaa yɛ w’asomfoɔ. Sɛ wo mmara anyɛ m’adɔdeɛ a, anka masɛe m’amaneɛ mu. Me werɛ remfiri wo nsiesieeɛ ara da, na ɛno so na wonam ma menya nkwa. Meyɛ wo dea, gye me nkwa, na medi wo nsiesieeɛ akyi. Abɔnefoɔ retɛ me asɛe me. Me deɛ, m’ani ku w’adansesɛm ho. Mahunu pɛyɛ nyinaa awieeɛ, wo mmara nsɛm trɛ pii. Sɛdeɛ mesi dɔ wo mmara! Ɛno ne m’adwene da mu nyinaa. Wo mmara nsɛm ayɛ me onyansafoɔ asene m’atamfoɔ, na ɛwɔ me daa. Mewɔ nimdeɛ mesene m’akyerɛkyerɛfoɔ nyinaa, na w’adansesɛm ne m’adwene. Mehunu adeɛ mu mesene mpanimfoɔ, na mehwɛ wo nsiesieeɛ medi so. Masianka me nan mafiri kwammɔne nyinaa so, na madi w’asɛm so. Memmane memfirii w’atemmuo ho, na wo na woakyerɛkyerɛ me. Sɛdeɛ wo nsɛm si yɛ me dodom dɛ! Ɛsene sɛdeɛ ɛwoɔ yɛ m’anomu. Wo nsiesieeɛ mu na menya nhunumu, enti mekyiri nkontompo kwan nyinaa. W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann. Maka ntam, na mɛma no agyina, sɛ mɛdi wo tenenee atemmudeɛ so. Wɔabrɛ me ase dodo, AWURADE, ma mennya nkwa sɛdeɛ w’asɛm teɛ. AWURADE, ma w’ani nsɔ m’anomu ayamyie afɔdeɛ ɛ, na ma mensua w’atemmudeɛ. Me kra da me nsam daa, nanso me werɛ mfiri wo mmara. Abɔnefoɔ asum me fidie, nanso memfom wo nsiesieeɛ kwan ho. Mafa w’adansesɛm mayɛ m’agyapadeɛ daa, na ɛno na ɛma m’akoma ani gyeɛ. Makom m’akoma sɛ mɛyɛ w’ahyɛdeɛ daa makɔsi aseɛ. Mekyiri adwene ntantafoɔ, na medɔ wo mmara. Me dwanekɔbea ne me kyɛm ne wo, m’ani da w’asɛm so. Nnebɔneyɛfoɔ, momfiri me so, na madi me Nyankopɔn mmara nsɛm so. Wowa me sɛdeɛ w’asɛm teɛ, na manya nkwa, na mma m’ani nnwu, me kwanhwɛ mu. Sɔ me mu, na manya nkwagyeɛ, na mahwɛ w’ahyɛdeɛ no daa. Wobu wɔn a wɔfom w’ahyɛdeɛ nyinaa animtia, na nkontompo nko ne wɔn nsisie. Woyi asase so abɔnefoɔ nyinaa hɔ sɛ dadebini, enti na medɔ w’adansesɛm. Wo ho hu ma me honam popo, na mesuro w’atemmudeɛ. Mayɛ atemmuo ne tenenee, nnya me mma wɔn a wɔhyɛ me soɔ. Di agyinamu pa ma w’akoa, mma ahantanfoɔ nnni me amim. M’ani ayɛ siamoo repɛ wo nkwagyeɛ ne wo tenenee asɛm no. Wo ne w’akoa nni no sɛdeɛ w’adɔeɛ teɛ, na ma mensua w’ahyɛdeɛ. W’akoa ne me, ma me nteaseɛ, na menhunu w’adansesɛm. Berɛ aduru sɛ AWURADE yɛ biribie, ɛfiri sɛ wɔatu wo mmara agu. Enti medɔ wo mmara nsɛm sene sika kɔkɔɔ ne amapa. Enti mebu ade nyinaa mu nsiesieeɛ nyinaa sɛ ɛtene, metane nkontompo kwan nyinaa. W’adansesɛm yɛ nwanwa, enti na me kra di soɔ. Wo nsɛm mu bue ma hann, ɛma nkwaseafoɔ hunu nyansa. Mebue m’anomu haa mepere, ɛfiri sɛ m’ani gyina wo mmara nsɛm. Dane w’ani kyerɛ me, na dom me, sɛdeɛ woyɛ wɔn a wɔdɔ wo din no. Ma m’anammɔn ntim w’asɛm mu, na mma amumuyɛ biara nnni me so. Yi me firi onipa nhyɛsoɔ mu, na menni wo nsiesieeɛ so. Ma w’anim nhran w’akoa so, na ma mensua w’ahyɛdeɛ. Asutene sene m’aniwa mu gu, ɛfiri sɛ nnipa nni wo mmara so. Ɔteneneeni ne wo, AWURADE, na w’atemmudeɛ nso tene. Woahyɛ w’adansesɛm, tenenee mu ne nokorɛdie kɛseɛ mu. Me mmɔdemmɔ redɛre me mu sɛ ogya, ɛfiri sɛ m’ahohiahiafoɔ werɛ afiri wo nsɛm. W’asɛm yɛ gyenegyene pii, na w’akoa dɔ no. Mesua, na memfra, nanso me werɛ mfiri wo nsiesieeɛ. Wo tenenee yɛ daa tenenee, na wo mmara yɛ nokorɛ. Ahohia ne ahoyera ato me, nanso wo mmara nsɛm ne m’adɔdeɛ. W’adansesɛm yɛ tenenee daa, ma me nteaseɛ, na mennya nkwa. Mede m’akoma nyinaa mesu mefrɛ: Gye me so. AWURADE, mɛdi w’ahyɛdeɛ so. Mesu mefrɛ wo: Bɛgye me, na madi w’adansesɛm so. Metua anɔpahema meteam, m’ani da w’asɛm so. M’ani di adasuo anim sɛ mɛdwene w’asɛm ho. Tie me sɛdeɛ w’adɔeɛ teɛ. AWURADE, ma mennya nkwa sɛdeɛ w’atemmudeɛ teɛ. Wɔn a wɔdi mmusuo akyire twe bɛn, wɔne wo mmara ntam ware. AWURADE, wo nso wobɛn, na wo mmara nsɛm nyinaa yɛ nokorɛ. Mehunuu w’adansesɛm mu akyɛ, sɛ woama no atim sɛ ɛnsi hɔ daa. Hwɛ m’amanehunu, na yi me, na me werɛ mfiri wo mmara. Di m’asɛm ma me, na gye me, ma mennya nkwa sɛdeɛ w’asɛm teɛ. Abɔnefoɔ ne nkwagyeɛ ntam ware, na wɔnhwehwɛ w’ahyɛdeɛ akyiri kwan. Wo mmɔborɔhunu dɔɔso, AWURADE, ma mennya nkwa sɛdeɛ w’atemmudeɛ teɛ. M’ataafoɔ ne m’ahohiahiafoɔ dɔɔso nanso mentwe memfirii w’adansesɛm ho. Mehunu nnabrabafoɔ nkontompofoɔ a, wɔn ho yɛ me nwunu, sɛ wɔnni w’asɛm soɔ. Hwɛ sɛdeɛ medɔ wo nsiesieeɛ, AWURADE, ma mennya nkwa sɛdeɛ w’adɔeɛ teɛ. W’asɛm ntoano yɛ nokorɛ, na wo tenenee atemmuo nyinaa wɔ hɔ daa. Aman mpanin ti me kwa, nanso w’asɛm nko na mesuro. M’ani ka w’asɛm ho sɛdeɛ wanya asadeɛ pii. Metane atorɔ, na mekyi, wo mmara na medɔ. Da koro meyi wo ayɛ mprɛnson, wo tenenee atemmuo ho. Asomdwoeɛ pii wɔ wɔn a wɔdɔ wo mmara, na biribi ntoatoa wɔn. Mehwɛ wo nkwagyeɛ kwan, AWURADE, na madi wo mmara nsɛm so. Me kra di w’adansesɛm so, na medɔ no kɛse. Medi wo nsiesieeɛ ne w’adansesɛm so, na m’akwan nyinaa wɔ w’anim. AWURADE, ma me nteamu nnuru w’anim, ma me nteaseɛ sɛdeɛ w’asɛm teɛ. Ma me nkotosrɛ mmra w’anim, gye me sɛdeɛ w’asɛm teɛ. M’ano bɛworo w’ayeyie, sɛ wokyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ. Me tɛkyerɛma bɛgye w’asɛm so, na wo mmara nsɛm nyinaa yɛ tenenee. Ma wo nsa mmɛboa me, na wo nsiesieeɛ na mayie. Mefe wo nkwagyeɛ, AWURADE, na wo mmara ne m’adɔdeɛ. Ma me kra ntena ase nyi wo ayɛ, na w’atemmuo mmoa me. Mafom kwan sɛ odwan a wayera, hwehwɛ w’akoa, na me werɛ mfiri wo mmara nsɛm.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE na m’ahohia mu mesu mefrɛɛ no, na ɔtiee me. AWURADE, yi me kra firi atorɔ ano, firi nnaadaa tɛkyerɛma mu. Ɛdeɛn na wɔmfa mma woɔ, na ɛdeɛn na wɔmfa nka wo ho, wo nnaadaa tɛkyerɛma? Ɔbrane agyan hwerɛmhwerɛm ne ogya nsramma kɔɔ na ɛbɛyɛ wo kyɛfa. Mennue sɛ mabɛsoɛ Mesek na matena Kedar ntomadan mu! Me kra ne wɔn a wɔtane asomdwoeɛ atena akyɛre dodo. Me deɛ, meyɛ asomdwoeɛni, nanso sɛ mekasa a, wɔn deɛ, wɔpɛ ɔko.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mɛma m’ani so makyerɛ mmepɔ no, ɛhe na me mmoa firi bɛba? Me mmoa firi AWURADE, ɔsoro ne asase yɛfoɔ no. Ɔremma wo nan nwatiri, deɛ ɔhwɛ woɔ no rentɔ nko. Hwɛ, deɛ ɔhwɛ Israel no, ɔrento nko, na ɔrenna. AWURADE ne wo hwɛfoɔ, AWURADE ne wo nwunu, wo nsa nifa so. Owia renhye wo awia, anaa ɔsrane, anadwo. AWURADE bɛhwɛ wo so bɔne nyinaa ho, ɔbɛhwɛ wo kra so. AWURADE bɛhwɛ w’adifire ne wo fieba so afiri seesei de akɔsi daa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
M’ani gyee sɛ wɔsee me sɛ: Ma yɛnkɔ AWURADE fie. Yɛn nan bɛgyina w’aponkɛseɛ mu, ao, Yerusalem. Yerusalem a wɔakyekyere no sɛ kuro a ɛtoatoam yie. Ɛhɔ na mmusuakuo no nante korɔ, mekyerɛ AWURADE mmusuakuo, sɛ wɔrekɔyi AWURADE din ayɛ, sɛdeɛ nhyehyɛɛ a ɔde ama Israel teɛ no. Ɛhɔ na wɔde nkonnwa sisi maa atemmuo, Dawid fie nkonnwa no. Monsrɛ ma Yerusalem asomdwoeɛ, ɛnsi w’adɔfo yie. Asomdwoeɛ ntena w’afasuo mu, na yiedie ntena w’aban mu. Me nuanom ne me mfɛfoɔ nti mɛka sɛ asomdwoeɛ ntena wo mu. AWURADE yɛn Nyankopɔn fie nti mɛhwehwɛ papa mama wo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Wo na mema m’ani so mehwɛ woɔ, wo a wote soro no, Hwɛ, sɛdeɛ nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa ano, sɛ afenaa ani hwɛ n’awuraa nsa ano no, sɛ yɛn ani hwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ne no, kɔsi sɛ ɔbɛdom yɛn. Hu yɛn mmɔbɔ, AWURADE bɛhu yɛn mmɔbɔ, na aniwuhyɛ afono yɛn dodo. Taamudifoɔ fɛdie ne ahantanfoɔ aniwuhyɛ afono yɛn kra dodo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sɛ ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn afa a, ma Israel nka ɛ: Sɛ ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn afa, berɛ a nnipa sɔre tiaa yɛn no a, anka wɔn abufuo dɔ tiaa yɛn no, wɔamemmene yɛn animono, anka nsuo amene yɛn, anka asubɔnten abɔ afa yɛn kra so, anka nsuo a ɛyɛ ahantan abɔ afa yɛn kra so. Nhyira ne AWURADE a wamfa yɛn anyɛ hanam amma wɔn se. Yɛn kra adwane sɛ anomaa afiri afirisumfoɔ fidie mu, fidie no abubu, na yɛn deɛ, yɛadwane. Yɛn mmoa wɔ AWURADE a ɔyɛɛ ɔsoro ne asase no din mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Wɔn a wɔde wɔn ho to AWURADE soɔ no te sɛ Sion bepɔ, ɛnhinhim, na ɛsi hɔ daa. Sɛdeɛ Yerusalem, mmepɔ atwa ho ahyia no, saa ara na AWURADE atwa ne man ho ahyia firi seesei de kɔsi daa. Na bɔne ahempoma rentena ateneneefoɔ kyɛfa so, na ateneneefoɔ antene wɔn nsa ansɔ amumuyɛ mu. AWURADE, yɛ wɔn a wɔyɛ no yie, ne wɔn a wɔtene wɔ wɔn akoma mu. Na wɔn a wɔmane kɔ wɔn akwan nkontonkyi soɔ deɛ, AWURADE de wɔn bɛfra amumuyɛfoɔ akɔ. Asomdwoeɛ mmra Israel so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Berɛ a AWURADE de Sion firi nnommum sane baeɛ no, yɛyɛɛ sɛ adaeɛsofoɔ. Ɛno na sereɛ hyɛɛ yɛn anomu ma, na anigyeɛ dwom hyɛɛ yɛn tɛkyerɛma so ma. Ɛno na wɔkaa no amanaman mu sɛ: AWURADE ayɛ ade kɛseɛ ama wɔn. AWURADE ayɛ ade kɛseɛ ama yɛn, yɛn ani agye. AWURADE, fa yɛn firi nnommum sane bra sɛ anafoɔ fam asase so asutene. Wɔn a wɔde nisuo guo de ahurisie bɛtwa. Sɛ mpo wɔde nisuo nenam kura aba a wɔguo no a, wɔde ahurisie bɛkura n’ayemfi aba.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sɛ AWURADE ansi dan no a, wɔn a wɔsie yɛ ho adwuma kwa. Sɛ AWURADE anwɛn kuro no a, ɔwɛmfoɔ siri ho pɛ kwa. Kwa ara na motua ahema sɔre na monnye moahome papa biara, mpo anadwo brɛ. Na mobrɛ ansa na moanya aduane adi. Nanso AWURADE siesie de ma n’adɔfoɔ mpo berɛ a wɔadeda. Hwɛ, AWURADE agyapadeɛ ne mma, na yafunu mu aba yɛ akatua. Sɛ ɔbrane nsam bɛmma teɛ no, sɛ mmeranteberɛm mma teɛ ne no. Nhyira ne ɔbarima a wɔahyɛ n’agyan kotokuo ma, wɔne wɔn atamfoɔ kasa kuro pono mu a, wɔn ani renwu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Nhyira ne obiara a ɔsuro AWURADE, na ɔfa n’akwan soɔ. Na wobɛdi wo nsa ano adwuma, nhyira ne wo, na ɛbɛsi wo yie. Wo yere yɛ sɛ obobe a ɛso, wo fie mpia mu, wo mma yɛ sɛ ngodua a wɔatetɛ atwa wo pono ho ahyia. Hwɛ, sɛdeɛ wɔhyira onipa a ɔsuro AWURADE nie. AWURADE mfiri Sion nhyira wo, na hunu Yerusalem yiedie wo nkwa nna nyinaa, aane, na hunu wo mma mma. Asomdwoeɛ mmra Israel so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Wɔahiahia me ho pii firi me mmɔfraase, ma Israel nka ɛ, wɔahiahia me ho pii firi me mmɔfraase, nanso wɔantumi me. Fɛntɛmfoɔ afɛntɛm m’akyi, wɔama wɔn aka awoware. Nanso AWURADE tene, watwitwa abɔnefoɔ homa mu. Ma wɔn ani nwu na wɔnsane wɔn akyi, wɔn a wɔtane Sion nyinaa. Ma wɔnyɛ sɛ adan atifi wira a ɛnnya mfefɛeɛ na ahyeɛ, ɛnhyɛ otwitwafoɔ nsa anaa ɔkyekyerefoɔ basa mu ma, na wɔn a wɔtwam mpo nka sɛ: AWURADE nhyira mmra mo so no, yɛhyira mo AWURADE din mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mefiri abunu kuronkuron mu mefrɛ wo, AWURADE. AWURADE, tie me nne, wɛn w’aso tie me nkotosrɛ. AWURADE, sɛ wodi amumuyɛdeɛ akyiri a, hwan na anka ɔbɛgyina? Na wo na fakyɛ wɔ wo fam, na wɔasuro wo. Mehwɛ AWURADE kwan, me kra rehwɛ kwan, na n’asɛm so na m’ani da. Me kra twɛn AWURADE sene awɛmfoɔ a wɔtwɛn adekyeeɛ, sene awɛmfoɔ a wɔtwɛn adekyeeɛ. Israel, ma w’ani nna AWURADE so, n’afam na adɔeɛ wɔ, na ɔgyeɛ a ɛdɔɔso wɔ ne nsam. Ɔno na ɔbɛgye Israel afiri n’amumuyɛ nyinaa mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE, m’akoma nyɛ dwaeɛ, na m’ani ntra ne ntɔn, na menyɛ apɔmpɔmpɛ, na menhwehwɛ anwanwadeɛ a ɛkyɛne me. Ampa, madwodwo me kra mama no ayɛ komm, sɛ ɔba a wɔatwa no nufoɔ a ɔwɔ ne na ho; aane me kra te sɛ ɔba a wɔatwa no nufoɔ Israel, ma w’ani nna AWURADE so mfiri seesei nkɔsi daa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE, kae Dawid brɛ nyinaa ma no, sɛdeɛ ɔkaa AWURADE ntam, na ɔhyɛɛ Yakob tumfoɔ no bɔ sɛ: Merenkɔ me fie ntomadan mu, meremforo me mpa so mpia mu, meremma m’anisuatɛtɛ rentɔ nko, nso merenna kɔsi sɛ mɛnya baabi mama AWURADE, tenabea bi ama Yakob tumfoɔ no ansa. Hwɛ, yɛkɔtee no Efrata, yɛkɔhunuu no kwaeɛ asase so. Momma yɛnkɔ ne tenabea, nkɔkoto ne nan ntiasoɔ anim ɛ. AWURADE, sɔre kɔ wo home mu, wo ne wo tumi adaka no. Ma w’asɔfoɔ nhyɛ tenenee, na ma w’ahotefoɔ nni ahurisie. Ɛsiane w’akoa Dawid nti, nnane deɛ woasra no no ani. AWURADE aka Dawid ntam nokorɛ mu a ɔnnane ani: Mede wo yafumma mu bi matena w’adwa so mama wo. Sɛ wo mma di m’apam ne m’adanseɛ a mɛkyerɛkyerɛ wɔn no so a, wɔn mma nso bɛtena w’adwa so daa. Na AWURADE ayi Sion, wapɛ hɔ de ayɛ ne tenabea. Yei ne me homebea daapem, ɛha na mɛtena, na mepɛ ha. Mede nhyira bɛhyira n’adidideɛ, mɛma n’ahiafoɔ aduane adi amee. Na mede nkwagyeɛ bɛhyɛ n’asɔfoɔ, na n’ahotefoɔ bɛto ahurisie dwom. Ɛhɔ na mɛma abɛn afiri ama Dawid, masiesie kanea mama deɛ masra no no. Mɛhyɛ n’atamfo aniwuo, na ɔno deɛ, n’ahenkyɛ bɛhyerɛn n’atifi.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Hwɛ ɛyɛ a ɛyɛ ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tena faako. Ɛte sɛ aboɔden ngo pa a wɔhwie guu Aaron apampamu, ɛsiane guu n’abɔgyesɛ mu, na ɛsiane guu n’atadeɛ mmuano so. Ɛte sɛ Hermon bosuo a ɛsiane gu Sion mmepɔ soɔ, na ɛhɔ na AWURADE ahyɛ nhyira, aane, nkwa de kɔsi daa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Hwɛ, mo AWURADE nkoa a mogyina AWURADE fie anadwo no, monhyira AWURADE. Mommema mo nsa so nkyerɛ kronkronbea hɔ, na monhyira AWURADE. AWURADE a ɔyɛɛ ɔsoro ne asase no mfiri Sion nhyira mo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Monyi AWURADE ayɛ. Monyi AWURADE din ayɛ, AWURADE nkoa, monyi no ayɛ, mo a mogyina AWURADE fie, yɛn Nyankopɔn fie adihɔ. Monyi AWURADE ayɛ, na AWURADE yɛ, monto dwom mma ne din, na ɛyɛ dɛ. Na AWURADE ayi Yakob afa, ɔde Israel ayɛ ne deɛ. Na me deɛ, menim sɛ AWURADE so, na yɛn wura sene anyame nyinaa. Biribiara a AWURADE pɛ no, ɔyɛ, ɔsoro ne fam, ɛpo ne abunu nyinaa mu. Ɔma amununkum firi asase ano ba, ɔyɛ anyinam ma osutorɔ, ɔyi mframa firi ne korabea. Ɔkum Misraim mmakan firi nnipa so kɔsii mmoa so. Ɔsomaa nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ baa wo, Misraim, mfimfini, Farao ne ne nkoa nyinaa so. Ɔbobɔɔ amanaman pii, na ɔkumm ahemfo atumfoɔ, Amorifoɔ hene Sihon, ne Basan hene Og, ne Kanaan ahennie nyinaa, na ɔde wɔn asase maa sɛ awunnyadeɛ, ɔde yɛɛ ne man Israel awunnyadeɛ. AWURADE, wo din wɔ hɔ daa, AWURADE, wo nkaeɛ tena awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. Na AWURADE bɛbu ne man bem, na ɔbɛhu ne nkoa mmɔbɔ. Amanaman ahoni yɛ dwetɛ ne sika kɔkɔɔ, nnipa nsa ano nnwuma. Wɔwɔ ano, nanso wɔnkasa, wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ, wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm, nso home biara nni wɔn anomu. Wɔn a wɔyɛ wɔn bɛyɛ sɛ wɔn ara, obiara a ɔde ne ho to wɔn soɔ no. Israel fiefoɔ, monhyira AWURADE, Aaron fiefoɔ, monhyira AWURADE. Lewi fiefoɔ, monhyira AWURADE, mo a mosuro AWURADE, monhyira AWURADE. Wɔmfiri Sion nhyira AWURADE a ɔte Yerusalem no, monyi AWURADE ayɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Monna anyame mu Nyankopɔn ase, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Monna awuranom mu AWURADE no ase, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Deɛ ɔno nko ara yɛ anwanwadeɛ akɛseɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Deɛ ɔde nteaseɛ yɛɛ ɔsoro no, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Deɛ ɔde asase trɛɛ nsuo soɔ no, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Deɛ ɔyɛɛ akanea akɛseɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Owia, sɛ ɛnni adekyeeɛ so, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Ɔsrane ne nsoromma, sɛ ɛnni anadwo so, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Deɛ ɔbobɔɔ Misraimfoɔ wɔn mmakan mu, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Na ɔyii Israel firii wɔn mu no, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Ɔde nsa a ɛyɛ den ne basa a watene mu na ɛyii wɔn, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Deɛ ɔtwitwaa Mmɛwa Po mu asinasini, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Na ɔde Israel faa mu, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Na ɔkaa Farao ne ne dɔm guu Mmɛwa Po mu, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Deɛ ɔgyaa ne man faa ɛserɛ soɔ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Deɛ ɔbobɔɔ ahemfo akɛseɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Na ɔkunkumm ahemfo animuonyamfoɔ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Amorifoɔ hene Sihon, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Na Basan hene Og, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Na ɔde wɔn asase maa sɛ apɛgyadeɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Ɔde yɛɛ n’akoa Israel apɛgyadeɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Deɛ ɔkaee yɛn yɛn ahobrɛaseɛ mu, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Na ɔgyee yɛn firii yɛn ahohiahiafoɔ nsam, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Ɔma honam nyinaa aduane, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Monna ɔsoro Nyankopɔn ase, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Babel nsubɔntene ho, ɛhɔ na yɛtenaeɛ na yɛsuiɛ berɛ a yɛkaee Sion no. Ɛhɔ nsukakye nnua no so na yɛde yɛn asankuo sensɛneeɛ. Na ɛhɔ na yɛn nnommumfafoɔ bisaa yɛn nnwom bi, na yɛn ateeteefoɔ pɛɛ yɛn hɔ anigyeɛ sɛ: Monto Sion dwom bi nkyerɛ yɛn. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛto AWURADE dwom, ananafoɔ asase so? Yerusalem, sɛ me werɛ firi wo a, ma me nifa werɛ mfiri ne ho keka. Sɛ mankae wo a, ma me tɛkyerɛma mfam me dodom, sɛ mankae wo a, sɛ mammu Yerusalem ankyɛne m’anigyeɛ nyinaa a…! O AWURADE, kae Yerusalem da no ma Edom mma, sɛ wɔsee sɛ: Monnwiri, monnwiri! Monnwiri nkɔsi ne fapem so! Babel babaa a wɔayɛ wo pasaa, nhyira ne deɛ ɔtua wo ka, sɛdeɛ wode yɛɛ yɛn no. Nhyira ne deɛ ɔsɔ wo nkɔkoaa mu pempem ɔbotan.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mede m’akoma nyinaa bɛda wo ase, anyame no anim mɛto wo dwom. Mɛkoto makyerɛ w’asɔrefie kronkron no, na mada wo din ase, w’adɔeɛ ne wo nokorɛ ho, sɛ woama w’asɛm aso atra wo din nyinaa. Da a mesu mefrɛeɛ no, wogyee me so, wohyɛɛ me den maa me kra nyaa ahoɔden. AWURADE, asase so ahemfo nyinaa bɛda wo ase, sɛ wɔate w’anomu nsɛm. Na wɔbɛto AWURADE akwan ho dwom, sɛ AWURADE animuonyam yɛ kɛseɛ. Na AWURADE wɔ sorosoro, na ɔhwɛ ahobrɛasefoɔ, na ahantanfoɔ deɛ, ɔhu wɔn wɔ akyirikyiri. Menam ahohia mu a, woma me nkwa, wotene wo nsa m’atamfoɔ abufuo so, na wo nifa gye me. AWURADE bɛwie di ama me, AWURADE, w’adɔeɛ wɔ hɔ daa, wo nsa ano adwuma no, worennya no hɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE, wohwehwɛ me mu, na wohu me. Wo na wonim m’asetena ne me sɔreɛ, wohunu m’adwene mu akyirikyiri. Wohwehwɛ me nanteɛ ne me nna mu, na wonim m’akwan nyinaa mu yie. Na asɛm biara nni me tɛkyerɛma so gye deɛ wo, AWURADE, wonim ne nyinaa no. Woaka me ahyɛm, m’akyiri ne m’anim, na wode wo nsa ato me so. Saa nimdeɛ yi yɛ me nwanwa dodo, ɛkɔ soro dodo, mentumi nnuru koraa. Ɛhe na mɛfiri wo honhom no anim madwane makorɔ? Na ɛhe na mɛfiri w’anim madwane makorɔ? Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ, na mpo mekɔsɛ me kɛtɛ Asamando a, woni! Sɛ mefa adekyeeɛ ntaban metu mekɔtena ɛpo akyiri nohoa a, ɛhɔ nso na wo nsa bɛkɔ akɔgya me, na wo nifa bɛsɔ me mu. Na sɛ mese: Esum nko mmɛkata me so na me ho hann nnane anadwo a, esum nso nnuru sum mma wo, na anadwo hran sɛ awia, esum ne hann yɛ wo pɛ. Na wo na wobɔɔ me sawa, wonwonoo me, me na yam. Meda wo ase sɛ woyɛɛ me maa no yɛɛ hu ne nwanwa, wo nneyɛɛ yɛ nwanwa, na me kra nim saa yie. Me nnompe anhunta wo, berɛ a wɔyɛɛ me ahuntaeɛ mu na wɔnwonoo me asase mu tɔnn no. Meyɛ mogya toa nko no, w’ani hunuu me, na wo nwoma mu, wɔatwerɛ ne nyinaa, nna a wɔahyɛ asie na emu baako pɛ nnya mmaeɛ no. Na me deɛ, Onyankopɔn, sɛdeɛ w’adwene boɔ si yɛ me den! Sɛdeɛ ɛsi dɔɔso! Sɛ merekan a, ɛdɔɔso sene anwea, menyane a, meda so mewɔ wo ho ara. Onyankopɔn, sɛ wobɛkum abɔnefoɔ na mogyapɛfoɔ afiri me so akɔ ɛ! Wɔn a wɔkasa tia wo mmusuo mu ne w’atamfo a wɔbɔ wo din ahuhudeɛ mu no. AWURADE, wɔn a wɔtane woɔ no, mentane wɔn anaa? Na wɔn a wɔsɔre tia woɔ no, me werɛ nho wɔn anaa? Mede ɔtane pa metane wɔn, mebu wɔn m’atamfoɔ. Onyankopɔn, hwehwɛ me mu, na hunu m’akoma, sɔ me hwɛ, na hunu m’adwene, na hwɛ sɛ amaneɛ kwan bi wɔ me hɔ, na gya me kɔ daa kwan so!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE, yi me firi onipa bɔne nsam, bɔ me ho ban, ɔbarima ɔboɔdurufoɔ ho. Wɔn na wɔdwene akoma mu bɔne, daa nyinaa wɔka ɔko. Wɔse wɔn tɛkyerɛma ano sɛ ɔwɔ, ahuritia borɔ wɔ wɔn se ano. AWURADE, hwɛ me so firi ɔbɔnefoɔ nsam, bɔ me ho ban ɔbarima ɔboɔdurufoɔ ho, na wɔabɔ wɔn tirim pɔ sɛ wɔbɛsum m’anammɔn atwene. Ahantanfoɔ de fidie ne nhoma ato hɔ ama me, wɔasum me nsɛmma kwankyɛn, wɔasum me apa. Mesee AWURADE sɛ: Wone me Nyankopɔn; AWURADE, yɛ aso ma me nkotosrɛ nne. Ao, AWURADE, me Wura, me nkwagyeɛ ahoɔden, wokataa me tiri so wɔ ɔko da mu. AWURADE, mma ɔbɔnefoɔ deɛ ɔpɛ, mma n’agyina no nnkɔ so, na wɔamma wɔn ho so. Wɔn a wɔtwa me ho hyia no deɛ, ma wɔn anomu mmusuo mmua wɔn atifi. Ma nsramma ngu wɔn so, ma wɔmfa wɔn ngu ogya mu, aku donkodonko mu a wɔrensɔre bio. Mma ɔtɛkyerɛmafoɔ nntintim asase so, ɔboɔdurufoɔ, ma bɔne nti no yerɛdɛdɛ. Menim sɛ AWURADE bɛdi ɔmanehunufoɔ asɛm, ɔbɛbu atɛn ama ahiafoɔ. Ampa, teneneefoɔ bɛda wo din ase, teefoɔ bɛtena w’anim.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE, mesu mefrɛ wo, yɛ ntɛm ma me; sɛ mesu mefrɛ wo a, yɛ aso ma me. Ma me mpaebɔ mmɛsi w’anim sɛ ohwam, me nsa soma sɛ anwummerɛ ayɛyɛdeɛ. AWURADE, fa ɔwɛn bɛwɛn m’ano, na hwɛ m’anofafa pono ano. Nkom m’akoma nkɔ nsɛmmɔne ho, sɛ me ne nnipa amumuyɛfoɔ bɛdi nsɛmmɔne, na mma mennka wɔn nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ bi mennhwɛ. Ma ɔteneneeni mmɔ me na ɔnka m’anim adɔeɛ so, ɛyɛ tire so ngo a me tiri rempoɔ, nanso amumuyɛfoɔ ngo deɛ, mma no ngu me tiri so, na me mpaebɔ ara na ɛda so tia wɔn nsɛmmɔne. Wɔsum wɔn atemmufoɔ hwe ɔbotan so, na wɔte me nsɛm sɛ ɛyɛ dɛ. Sɛdeɛ obi dwiri asase funtum soɔ no, saa ara na wɔama yɛn nnompe apete Damena ano. Na wo, AWURADE, so na m’ani da, wo na medwane bɛtoa wo, nto me kra ntwene. Kora me firi apa a wɔasum me ne amumuyɛfoɔ mfidie ho. Ma abɔnefoɔ nhwe wɔn ankasa nsɛmma mu, na me deɛ, ma mensiane ho menkɔ prɛko.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mede me nne mesu mefrɛ AWURADE, mede me nne mekoto mesrɛ AWURADE, mehwie m’abooboo megu n’anim, meka m’ahohia mekyerɛ no. Me honhom tɔ piti me mu a, wo na wonim me kwan. Ɛkwan a menam soɔ no so na wɔsum me fidie. Mehwɛ nifa, na hwɛ, obi nni hɔ a n’ani ku me ho, dwanekɔbea abɔ me, obiara mfa me kra nyɛ huu. Mesu mefrɛ wo, AWURADE. Mese: Wone me dwanekɔbea, me kyɛfa, ateasefoɔ asase so. Wɛn w’aso tie me su, na mayɛ hodwoo, yi me firi m’ataafoɔ nsam, na wɔn ho yɛ den kyɛne me. Yi me kra firi afiase, na mayi wo din ayɛ. Ateneneefoɔ bɛtwa me ho ahyia sɛ wo ne me adi no yie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE, tie me mpaebɔ, yɛ aso ma me nkotosrɛ, wo nokorɛdie mu gye me so, wo tenenee mu. Na mfa w’akoa nkɔ atemmuo mu, na w’anim ɔteasefoɔ biara renni bem. Na ɔtamfoɔ taa me kra, ɔbɔ me nkwa hwe fam, ɔma metena sum mu sɛ wɔn a wɔawu dadaada. Na me honhom tɔ piti me mu, m’akoma asene me yam. Mekae tete nna, medwene wo nneyɛɛ nyinaa ho, mesusu wo nsa ano nnwuma ho. Metene me nsam mekyerɛ wo, wo ho sukɔm de me kra sɛ asase a awoɔ. O AWURADE, yɛ ntɛm gye me so, me honhom tɔ piti, nyi w’ani nhunta me, na manyɛ sɛ wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu. Ma mente w’adɔeɛ anɔpa, na wo so na mede me ho metoɔ. Ma menhunu kwan a memfa soɔ, na wo na mema me kra so mekyerɛ woɔ. O AWURADE, yi me firi m’atamfoɔ nsam. Wo nkyɛn na mede me ho makora. Kyerɛkyerɛ me deɛ wopɛ yɛ, na wone me Nyankopɔn, wo honhom pa no nnya me asase tee so. Wo din nti, AWURADE, ma mennya nkwa, wo tenenee mu yi me kra firi ahohia mu, na w’adɔeɛ mu yi m’atamfoɔ hɔ, na sɛe wɔn a wɔha me kra nyinaa, na w’akoa ne me.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Nhyira ne AWURADE, me botan a ɔkyerɛkyerɛ me nsa ɔsa ne me nsateaa akodie. M’adɔeɛ ne m’abankɛseɛ, m’abantenten ne me gyefoɔ, me kyɛm ne deɛ medwane mekɔtoa no a ɔbrɛ me man ase hyɛ m’aseɛ. AWURADE, onipa ne hwan a wohu no, ɔdasani ba ne hwan a wodwene ne ho? Onipa te sɛ ahuhuo, ne nna te sɛ sunsum a ɛretwam. AWURADE, kuntunu wo soro, na si fam, keka mmepɔ, na ɛmfiri wisie. Pa anyinam, na pansam wɔn, toto wo mmɛmma, na sɛe wɔn. Tene wo nsa firi soro nohoa, hwam me, na yi me firi nsuo akɛseɛ mu, firi ananafoɔ mma nsam. Wɔn na wɔn ano ka nsɛnhuhuo, na wɔn nifa yɛ atorɔ nifa. Onyankopɔn, mɛto dwom foforɔ mama wo, mede sankuo a ɛso han du bɛto dwom mama wo, sɛ wo na wode nkwagyeɛ ma ahemfo, na wogyee w’akoa Dawid firii afena a ɛnyɛ ano. Gye me na yi me firi ananafoɔ mma a wɔn ano ka nsɛnhunu nsam. Wɔn na wɔn nifa yɛ atorɔ nifa. Na yɛn mmabanin ayɛ sɛ tɛ nnua a anyini yie, wɔn mmeranteberɛ mu, na yɛn mmammaa ayɛ sɛ twea so adum a wɔasene no sɛ ahemfie deɛ. Na yɛn asan ayɛ ma a wɔyi mu nnoɔma ahodoɔ nyinaa, na yɛn nnwan awo mpempem ayɛ mpem du du yɛn nsase so. Na yɛn anantwie ho atua wɔn ho a ɔsɛeɛ ne ɔyera mma wɔn mu, na abooboo amma yɛn mmɔntene so. Nhyira ne ɔman a wɔte sɛɛ, nhyira ne ɔman a AWURADE ne wɔn Nyankopɔn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mɛma wo so, me Nyankopɔn, ɔhene, na mɛhyira wo din daa daa. Mɛhyira wo daa nyinaa, na mɛyi wo din ayɛ daa daa. AWURADE so, na ɔsɛ ayeyie kɛse, ne kɛseyɛ mu nni hwehwɛeɛ. Awoɔ ntoatoasoɔ kamfo wo nnwuma kyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ, na wɔka wo mmaninneɛ. Mɛdwene w’animuonyam a ɛhran no kɛseyɛ ne w’anwanwasɛm no ho. Na wɔka wo nneyɛɛ a ɛyɛ hu no tumi ho asɛm, na mɛka w’ade kɛseɛ makyerɛ. Wɔworo wo papayɛ bebrebe no nkaeɛ, na wɔto wo tenenee ho ahurisie dwom. AWURADE yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ, ne bo kyɛre fu na n’adɔeɛ so. AWURADE yɛ ma nnipa nyinaa, na ne mmɔborɔhunu wɔ ne nnwuma nyinaa so. AWURADE, wo nnwuma nyinaa da wo ase, na w’ahotefoɔ hyira wo. Wɔka w’ahennie animuonyam, na wɔbɔ wo mmaninyɛ din, sɛ wɔbɛma nnipa mma ahunu ne mmaninneɛ ne n’ahennie animuonyam a ɛhran no. W’ahennie yɛ daa ahennie, na wo tumidie fa awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. AWURADE wowa wɔn a wɔhwe aseɛ nyinaa, na ɔma wɔn a wɔakotoɔ nyinaa so gyina. Ani nyinaa hwɛ wo kwan, na woma wɔn wɔn aduane ne berɛ mu. Wobue wo nsam, na woma ateasefoɔ nyinaa nya deɛ wɔpɛ di mee. AWURADE tene, n’akwan nyinaa mu, na ɔyɛ adɔeɛ ne nnwuma nyinaa mu. AWURADE bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokorɛ mu nyinaa. Ɔyɛ deɛ wɔn a wɔsuro no no pɛ ma wɔn, na ɔtie wɔn sufrɛ, na ɔgye wɔn. AWURADE hwɛ n’adɔfo nyinaa so, na abɔnefoɔ nyinaa deɛ, ɔbɛsɛe wɔn. M’ano bɛka AWURADE ayeyie, na ma honam nyinaa nhyira ne din kronkron daa daa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Monyi AWURADE ayɛ! Me kra, yi AWURADE ayɛ. Mete ase yi, mɛyi AWURADE ayɛ, mewɔ hɔ yi, mɛto dwom mama me Nyankopɔn. Mommfa mo ho nnto ahemfo anaa onipa ba a nkwagyeɛ biara nni ne mu so. Ne honhom firi kɔ, ɔsane kɔ ne dɔteɛ mu, da no ara ne tirim a ɔbɔeɛ yera. Nhyira ne deɛ Yakob Nyankopɔn ne ne boafoɔ, deɛ n’ani da AWURADE, ne Nyankopɔn, soɔ. Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne deɛ ɛwom nyinaa, ɔno na ɔkora nokorɛ daa. Ɔbu atɛn ma wɔn a wɔdi wɔn amim, ɔma wɔn a ɛkɔm de wɔn aduane. AWURADE tu nneduafoɔ. AWURADE bue anifirafoɔ ani, AWURADE ma wɔn a wɔakotoɔ so gyina, AWURADE dɔ ateneneefoɔ, AWURADE kora ahɔhoɔ, ɔgyina nwisiaa ne akunafoɔ akyi, na abɔnefoɔ kwan deɛ, ɔdane ani. AWURADE di hene daa, Sion, wo Nyankopɔn di hene kɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. Monyi AWURADE ayɛ!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Monyi AWURADE ayɛ, na ɛyɛ sɛ wɔto dwom ma yɛn Nyankopɔn, na ɛyɛ dɛ, ayeyie fata. AWURADE na ɔkyekyere Yerusalem, ɔpɔn Israelfoɔ a wɔapete wɔn. Ɔsa wɔn a wɔn akoma abubuo yadeɛ, na ɔkyekyere wɔn akuro. Ɔkyerɛ nsoromma dodoɔ ano, ɔtoto wɔn nyinaa din. Yɛn AWURADE so, na ne tumi dɔɔso, ne nhunumu nni anobuo. AWURADE ma ahobrɛasefoɔ gyina, ɔto abɔnefoɔ hwe fam. Monto aseda dwom mma AWURADE, momfa sankuo nto dwom mma yɛn Nyankopɔn. Ɔno na ɔde mununkum kata ɔsoro, ɔsiesie osuo ma asase, ɔma wira fifiri mmepɔ so. Ɔde aduane ma mmoadoma ne anene mma a wɔsu. Ɛnyɛ ɔpɔnkɔ ahoɔden na ɛyɛ no fɛ, ɛnyɛ ɔdasani akokoɔduro na ɛsɔ n’ani. AWURADE ani sɔ wɔn a wɔsuro no, wɔn a wɔn ani da n’adɔeɛ soɔ. Yerusalem, kamfo AWURADE, Sion, yi wo Nyankopɔn ayɛ! Na wahyɛ w’aponkɛseɛ adaban den, wahyira wo mma a wɔwɔ wo mu. Ɔma w’ahyeɛ so dwo, ɔde ayuo pa ma wodi mee. Ɔma ne kaseɛ ba asase so, n’asɛm tu mmirika ntɛmntɛm. Ɔma sukyerɛmma tɔ sɛ asaawa fukuiɛ, ɔpete obosuo nkyenkyeneeɛ sɛ nso. Ɔto n’asukɔtweaa gu sɛ mporoporowa; hwan na ɔbɛtumi n’awɔ? Ɔma n’asɛm nane no, ɔma ne mframa bɔ ma nsuo sene. Ɔyi n’asɛm kyerɛ Yakob, ɔde n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ kyerɛ Israel. Ɔnyɛɛ ɔman biara saa da, na n’atemmudeɛ no, wɔnnim. Monyi AWURADE ayɛ!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Monyi AWURADE ayɛ! Monyi AWURADE ayɛ mfiri soro, monyi no ayɛ sorosoro. N’abɔfoɔ nyinaa, monyi no ayɛ, n’asafo nyinaa, monyi no ayɛ. Owia ne ɔsrane, monyi no ayɛ, nsoromma a ɛhran nyinaa, monyi no ayɛ. Mo soro mu soro, monyi no ayɛ, ɛne mo asuasu a ɛwɔ ɔsoro soɔ. Ma wɔnyi AWURADE din ayɛ, na ɔno na ɔhyɛeɛ na wɔbɔɔ wɔn; na ɔde wɔn tintim hɔ daa daa, wahyɛ ahyɛdeɛ a obi ntra. Monyi AWURADE ayɛ mfiri asase so, nsuboa ahodoɔ ne abunu nyinaa; ogya ne asukɔtweaa, sukyerɛmma ne huruhuro, ahum a ɛyɛ deɛ n’asɛm seɛ: Mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa, nnua a ɛsoɔ ne ntweneduro nyinaa, wiram mmoa ne afieboa nyinaa, mmoa a wɔwea ne ntakraboa. Asase so ahemfo ne aman nyinaa, atitire ne asase so atemmufoɔ nyinaa, mmeranteɛ ne mmabaa nso, mpanin ne mmɔfra: Wɔnyi AWURADE din ayɛ, sɛ ne din nko na ɛso; n’animuonyam tra asase ne ɔsoro so. Na wama abɛn so ama ne man, ama n’ahotefoɔ nyinaa ayeyie, ama Israel mma, ɔman a wɔbɛn no no. Monyi AWURADE ayɛ!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Monyi AWURADE ayɛ! Monto dwom foforɔ mma AWURADE, monka n’ayeyie ahotefoɔ asafo mu. Ma Israel ani nnye ne yɛfoɔ ho, ma Sion mma nni wɔn hene ho ahurisie. Ma wɔmfa asa nyi ne din ayɛ, ma wɔmfa mpintin ne asankuo nto dwom mma no. Na AWURADE ani sɔ ne man, ɔde nkwagyeɛ hyehyɛ ahobrɛasefoɔ. Ahotefoɔ hyehyɛ wɔn ho animuonyam mu, wɔto ahosan dwom, wɔn nnaeɛ so. Nyankopɔn ayeyie a ɛso wɔ wɔn anomu, na nkrantɛ anofanu hyɛ wɔn nsam, sɛ wɔbɛtɔ amanaman mu were, na wɔatwe aman aso; sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn bɛkyekyere wɔn ahemfo, na wɔde dadeɛ mpokyerɛ agu wɔn atitire; sɛ wɔde atɛn a wɔatwerɛ no bɛbu wɔn; ɛne n’ahotefoɔ nyinaa animuonyam. Monyi AWURADE ayɛ!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Monyi AWURADE ayɛ! Monyi Onyankopɔn ayɛ wɔ ne kronkronbea, monyi no ayɛ ne tumi wie no mu. Monyi no ayɛ ne mmaninyɛ mu, monyi no ayɛ sɛ ne kɛseyɛ sononko no teɛ. Monyi no ayɛ ntotorobɛnto nne so, monyi no ayɛ bɛnta ne sankuten so. Monyi no ayɛ mpintin ne asa so, monyi no ayɛ asankuhan ne atɛntɛbɛn so. Monyi no ayɛ nsambɔ nnawuro a ne nne so so, monyi no ayɛ nnawuta a ɛgyegye denden so. Momma deɛ ɛhome nyinaa nyi AWURADE ayɛ. Monyi AWURADE ayɛ!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mfitiaseɛ no, na Asɛm no wɔ hɔ, na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ, na Asɛm no ara ne Nyankopɔn. Ɔno ara na mfitiaseɛ no na ɔne Onyankopɔn wɔ hɔ. Ɛnam ne so na wɔyɛɛ nnoɔma nyinaa, na wɔankwati no anyɛ biribiara a wɔyɛeɛ. Ne mu na nkwa wɔ, na nkwa no ne nnipa hann; na hann no hyerɛn esum mu, na esum no anni no so. Onipa bi wɔ hɔ a Onyankopɔn somaa no a ne din de Yohane. Ɔno na ɔbaa adansedie sɛ ɔrebɛdi hann no ho adanseɛ, na nnipa nyinaa nam ne so agye adi. Ɛnyɛ ɔno ne hann no, na mmom ɔbaa sɛ ɔrebɛdi hann no ho adanseɛ. Nokorɛ hann a ɛhyerɛn ma onipa biara no na ɛreba wiase yi. Ɔwɔ wiase dada, na ɛnam ne so na wɔyɛɛ wiase; nanso wiase anhu no. Ɔbaa ɔno ara ne deɛ mu, na wɔn a wɔyɛ ɔno ara ne deɛ annye no. Na dodoɔ a wɔgyee no no, wɔn a wɔgyee ne din diiɛ no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Nyankopɔn mma a ɛmfiri mogya anaasɛ deɛ ɔhonam pɛ anaasɛ deɛ ɔbarima pɛ mu, na mmom ɛfiri Nyankopɔn mu na wɔwoo wɔn. Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔbɛsoeɛɛ yɛn mu, na yɛhunuu n’animuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no korɔ animuonyam, na adom ne nokorɛ ayɛ no ma. (Yohane dii ne ho adanseɛ na ɔteaa mu sɛ: Oyi ne deɛ mekaa sɛ: Deɛ ɔdi m’akyiri reba no, ɔkyɛne me, na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.) Na ɛfiri ne mayɛ no mu na yɛn nyinaa anya adom de abɔ adom soɔ. Na mmara no deɛ, wɔnam Mose so na ɛmaeɛ; na adom ne nokorɛ no deɛ, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbaeɛ. Obi nhunuu Onyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no korɔ no a ɔtwere Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ. Yei ne Yohane adanseɛ ɛberɛ a Yudafoɔ somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ firi Yerusalem sɛ wɔnkɔbisa no sɛ: Woyɛ hwan no. Na ɔpaee mu kae, na wansane; na ɔpaee mu kaa sɛ: Ɛnyɛ mene Kristo no. Na wɔbisaa no sɛ: Ɛnneɛ na hwan ne wo? Wone Elia? Na ɔse: Ɛnyɛ mene no. Wone odiyifoɔ no? Na ɔbuaa sɛ: Dabi. Ɛnna wɔsee no sɛ: Hwan ne wo? Na yɛnnya bi nkɔbua wɔn a wɔsomaa yɛn no; woka wo ho asɛm bɛn? Ɔse: Mene ɛnne a ɛtea mu ɛserɛ so sɛ: Montene Awurade kwan! sɛdeɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no. Nso na wɔn a wɔsomaa wɔn no firi Farisifoɔ mu. Na wɔbisaa no sɛ: Sɛ wonyɛ Kristo no, anaa Elia anaa odiyifoɔ no a, ɛnneɛ adɛn nti na wobɔ asu yi? Yohane buaa wɔn sɛ: Me deɛ, mebɔ asu nsuo mu, na obi a monni no gyina mo mfimfini. Ɔno ne deɛ ɔdi m’akyiri reba a mensɛ sɛ mesane ne mpaboa homa mpo. Yeinom sii wɔ Betania, Yordan agya nohoa, faako a Yohane rebɔ asu hɔ. Adeɛ kyeeɛ no, Yohane hunuu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔse: Hwɛ Nyankopɔn adwammaa a ɔyi wiase bɔne korɔ no nie. Oyi ne deɛ mekaa wɔ ne ho sɛ: Ɔbarima bi di m’akyiri reba a ɔkyɛne me mpo, ɛfiri sɛ ɔdii m’anim kan. Na me deɛ, anka mennim no; na sɛ wɔbɛyi no akyerɛ Israel nti na meba mebɛbɔɔ asu nsuo mu. Na Yohane dii adanseɛ sɛ: Mehunuu Honhom no sɛ ɔfiri soro resiane sɛ aburuburo, na ɔbɛtenaa ne so. Na me deɛ, anka mennim no, na deɛ ɔsomaa me sɛ memmɛbɔ asu nsuo mu no, ɔno na ɔsee me sɛ: Deɛ wobɛhunu sɛ Honhom no resiane abɛtena ne soɔ no, ɔno ne deɛ ɔbɔ asu Honhom Kronkron mu. Na mahunu na madi adanseɛ sɛ, oyi ne Nyankopɔn ba no. Adeɛ kyee bio no, na Yohane ne n’asuafoɔ mu baanu gyina hɔ. Na ɔhunuu Yesu a ɔnenam hɔ no, ɔkaa sɛ: Hwɛ, Nyankopɔn adwammaa no nie! Na asuafoɔ baanu no tee sɛ ɔrekasa, na wɔkɔdii Yesu akyi. Na Yesu danee ne ho na ɔhunuu wɔn sɛ wɔdi n’akyire no, ɔbisaa wɔn sɛ: Morehwehwɛ deɛn? Na wɔsee no sɛ: Rabi (ne nkyerɛaseɛ ne Kyerɛkyerɛfoɔ), ɛhe na woteɛ? Ɔsee wɔn sɛ: Mommra mmɛhwɛ! Enti wɔkɔe, na wɔkɔhunuu faako a ɔteɛ; na wɔtenaa ne nkyɛn ɛda no; na ɛbɛyɛ sɛ anwummerɛ nnɔnnan. Andrea, Simon Petro nua, yɛ baanu no a wɔtee sɛ Yohane rekasa na wɔdii n’akyire no mu baako. Ɔno na ɔhunuu ɔno ara ne nua Simon kane, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛahunu Mesaia (ne nkyerɛaseɛ ne Kristo) no. Na ɔde no baa Yesu nkyɛn. Na Yesu hunuu no no, ɔkaa sɛ: Wone Simon, Yohane ba, wɔbɛfrɛ wo Kefa (ne nkyerɛaseɛ ne Petro). Adeɛ kyeeɛ no, Yesu pɛɛ sɛ ɔfiri hɔ kɔ Galilea; na ɔhunuu Filipo. Na Yesu see no sɛ: Di m’akyi! Nso Filipo firi Betsaida, Andrea ne Petro kuro mu. Filipo hunuu Natanael, na ɔsee no sɛ: Deɛ Mose, wɔ mmara no mu ne adiyifoɔ no twerɛɛ ne ho asɛm no, yɛahu no, Yesu, Yosef ba a ɔfiri Nasaret no. Na Natanael see no sɛ: Biribi pa bi bɛtumi afiri Nasaret da? Filipo see no sɛ: Bra bɛhwɛ! Yesu hunuu Natanael sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔkaa wɔ ne ho sɛ: Hwɛ, nokorɛ Israelni a nnaadaa nni ne mu nie! Natanael see no sɛ: Ɛdeɛn na wode hunuu me? Yesu bua see no sɛ: Filipo nnya mfrɛɛ woɔ, a na wowɔ borɔdɔma no aseɛ no na mehunuu woɔ. Natanael bua see no sɛ: Rabi, wone Nyankopɔn ba, wone Israel hene no! Yesu bua see no sɛ: Ɛsiane sɛ meka mekyerɛɛ wo sɛ mehunuu wo borɔdɔma no aseɛ no nti na ɛma wogye die yi anaa? Wobɛhunu nnoɔma akɛseɛ a ɛsene yeinom. Na Yesu see no sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, mobɛhunu ɔsoro sɛ abue, na Nyankopɔn abɔfoɔ redi aforosiane Onipa Ba no soɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔhyiaa ayeforɔ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea; na Yesu ne na wɔ hɔ. Na wɔtoo nsa frɛɛ Yesu ne n’asuafoɔ nso baa ayeforɔ no ase. Na nsa no anso no, Yesu ne na see no sɛ: Wɔnni nsa. Yesu see no sɛ: Ɔbaa, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Me dɔn nnurui! Na ne na see asomfoɔ no sɛ: Biribiara a ɔbɛse mo no, monyɛ! Nso na aboɔ nsuhina nsia sisi hɔ, sɛdeɛ Yudafoɔ ahodwira teɛ, baako bɛtumi agye galɔn aduonu anaa aduasa. Yesu see wɔn sɛ: Momfa nsuo nhyehyɛ nhina yi mama! Na wɔhyehyɛɛ no ma tɛntɛnn. Na ɔsee wɔn sɛ: Afei monsesa mfa nkɔma adidiiɛhwɛfoɔ no! Na wɔde kɔeɛ. Na adidiiɛhwɛfoɔ no kaa nsuo a adane nsa no hwɛeɛ no, na ɔnnim deɛ ɛfire, (na asomfoɔ a wɔsesaa nsuo no deɛ, wɔnim) na adidiiɛhwɛfoɔ no frɛɛ ayeforɔkunu no, na ɔsee no sɛ: Nnipa nyinaa de nsa pa na ɛbɛsisi hɔ kane, na sɛ wɔboboro a, ɛno ansa na wɔde deɛ ɛnyɛ ba; na wo deɛ, wode nsa pa no asie abɛduru sɛsɛɛ. Yesu nsɛnkyerɛnneɛ no mu deɛ ɛdi kan yi, ɔyɛɛ no Kana a ɛwɔ Galilea; na ɔyii n’animuonyam kyerɛe; na n’asuafoɔ no gyee no diiɛ. Yei akyiri no, Yesu kɔɔ Kapernaum, ɔno ne ne na, ne nuanom ne n’asuafoɔ no; na wɔanni nna bebree wɔ hɔ. Na Yudafoɔ Twam da abɛn, na Yesu kɔɔ Yerusalem. Na ɔkɔhunuu wɔn a wɔtɔn anantwie ne nnwan ne mmorɔnoma ne sikasesafoɔ sɛ wɔtete asɔrefie. Na ɔde homa yɛɛ mpire pamm wɔn nyinaa, nnwan ne anantwie no firii asɔrefie hɔ, na ɔhwiee sikasesafoɔ no sika guiɛ, na ɔkaa apono no butubutui; na ɔsee wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no sɛ: Momfa yeinom mfiri ha, monnyɛ m’Agya fie adwadie fie! Na n’asuafoɔ no kaee sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wo fie ho mmɔdemmɔ bɛhyɛ me ma. Ɛnna Yudafoɔ no bua see no sɛ: Nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na wode kyerɛ yɛn a enti woyɛ yeinom? Yesu bua see wɔn sɛ: Monnwiri asɔredan yi, na mede nnansa bɛma so bio. Ɛnna Yudafoɔ no se: Mfirinhyia aduanan nsia na wɔde sii asɔredan yi, na wo deɛ, nnansa na wode bɛma soɔ? Deɛ ɔkaeɛ no, na ɔne ne nipadua asɔredan. Enti, ɔsɔre firii awufoɔ mu no, n’asuafoɔ no kaee sɛ waka yei, na wɔgyee twerɛ no ne nsɛm a Yesu kaeɛ no diiɛ. Nso ɔwɔ Yerusalem Twam afahyɛ ase no, nnipa bebree hunuu ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛeɛ no, wɔgyee ne din diiɛ. Na Yesu no ara deɛ, wamfa ne ho anto wɔn so, ɛfiri sɛ ɔnim wɔn nyinaa, na ɛnhia no sɛ obi di onipa ho adanseɛ; ɛfiri sɛ ɔno ara nim deɛ ɛwɔ onipa mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na onipa bi firi Farisifoɔ mu wɔ hɔ a ne din de Nikodemo a ɔyɛ Yudafoɔ panin bi; ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo, na ɔbɛsee no sɛ: Rabi, yɛnim sɛ wofiri Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛni; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho. Yesu bua see no sɛ: Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ: Wɔanwo obi foforɔ a, ɔrentumi nhunu Nyankopɔn ahennie no. Nikodemo see no sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa a wanyini no, wɔbɛtumi awo no? Ɔbɛtumi akɔ ne na yam bio na wɔawo no anaa? Yesu buaa sɛ: Mereka no nokorɛ mu pefee akyerɛ wo sɛ: Wɔamfiri nsuo ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛne Nyankopɔn ahennie mu. Deɛ wɔfiri ɔhonam mu awo no no yɛ ɔhonam; na deɛ wɔfiri Honhom mu awo no no yɛ honhom. Mma no nnyɛ wo nwanwa sɛ meka mekyerɛɛ wo sɛ: Ɛtwa sɛ wɔwo mo foforɔ. Mframa bɔ kɔ faako a ɛpɛ, na wote ne nka, na wonnim faako a ɛfire ne faako a ɛrekorɔ. Saa ara nso na obiara a wɔawo no Honhom mu no teɛ. Nikodemo bua see no sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na yeinom ayɛ hɔ? Yesu bua see no sɛ: Woyɛ Israel kyerɛkyerɛfoɔ na wonnim yeinom? Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ yɛnim na yɛka, na deɛ yɛahunu na yɛdi ho adanseɛ; nanso monnye yɛn adanseɛ no. Sɛ maka mo fam asɛm na monnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka mo ɔsoro nsɛm a, mobɛgye adie? Na obi mforo nkɔɔ ɔsoro, gye deɛ ɔfiri ɔsoro sianeeɛ no, Onipa Ba a ɔwɔ ɔsoro no. Na sɛdeɛ Mose maa ɔwɔ no so wɔ ɛserɛ soɔ no, saa ara na ɛtwa sɛ wɔma Onipa Ba no soɔ, na obiara a ɔgye no die no anya daa nkwa. Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ wiase nie, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no die no anyera, na wanya daa nkwa. Na Onyankopɔn ansoma Ɔba no amma wiase sɛ ɔmmɛbu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa ne so nnye wiase. Deɛ ɔgye no die no, wɔmmu no atɛn; na deɛ ɔnnye nnie no, wɔabu no atɛn dada sɛ wannye Nyankopɔn ba korɔ no din no annie. Na yei mmom ne atemmuo no, sɛ hann no aba wiase na nnipa dɔ esum sene hann no; ɛfiri sɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne. Obiara a ɔyɛ bɔne no tane hann no, na ɔmma hann no ho, na wɔammu no ne nnwuma ho atɛn. Na deɛ ɔyɛ deɛ ɛyɛ nokorɛ no ba hann no ho sɛ ne nnwuma mmɛda adi, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ no Nyankopɔn mu. Yeinom akyiri no, Yesu ne n’asuafoɔ no baa Yudea asase so; na ɔne wɔn tenaa hɔ, na ɔbɔɔ asu. Na Yohane nso rebɔ asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, ɛfiri sɛ asuasu pii wɔ hɔ, na wɔbaa hɔ ma wɔbɔɔ wɔn asu. Na wɔnnya mfaa Yohane ntoo afiase. Ɛnna ahodwira ho akyinnyegyeɛ bi sɔree Yohane asuafoɔ ne Yudafoɔ ntam. Na wɔbaa Yohane nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Rabi, deɛ ɔbaa wo nkyɛn Yordan agya nohoa a wodii ne ho adanseɛ no, hwɛ, ɔno nso rebɔ asu, na nnipa nyinaa rekɔ ne nkyɛn. Yohane bua kaa sɛ: Onipa ntumi nnya biribi, gye sɛ wɔde firi soro ama no ansa. Mo ara modi me adanseɛ sɛ mekaa sɛ: Ɛnyɛ mene Kristo no, na wɔsomaa me dii n’anim. Deɛ ayeforɔ wɔ no ne ayeforɔkunu; na ayeforɔkunu adamfo a ɔgyina hɔ na ɔtie no deɛ, ɛgyeɛ na n’ani gyeɛ, ayeforɔkunu no nne nti. Ɛno nti afei na me saa anigyeɛ yi awie pɛyɛ. Ɔno deɛ, ɛtwa sɛ ɔkɔ kan sene me, na me deɛ, medi akyire. Deɛ ɔfiri soro ba no sene nnipa nyinaa. Deɛ ɔfiri fam no firi fam, na ɔfiri fam kasa; deɛ ɔfiri soro ba no sene nnipa nyinaa, na deɛ wahunu na wateɛ no, ɛno ho adanseɛ na ɔdie; nanso obi nnye n’adanseɛ no. Deɛ ɔgye n’adanseɛ no asi agyinae sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ. Na deɛ Onyankopɔn asoma no no ka Nyankopɔn nsɛm; na Onyankopɔn de Honhom ma mmorosoɔ. Agya no dɔ Ɔba no, na ɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa. Deɛ ɔgye Ɔba no die no wɔ daa nkwa; na deɛ ɔntie Ɔba no deɛ, ɔrenya nkwa, na Nyankopɔn abufuo da ne so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Afei Yesu hunuu sɛ Farisifoɔ ate sɛ: Ɔno Yesu renya asuafoɔ bebree, na ɔrebɔ nnipa pii asu sene Yohane. Nso Yesu no ara deɛ, na ɔmmɔ asu, na mmom n’asuafoɔ no. Ɔfirii Yudea, na ɔsii mu kɔɔ Galilea bio. Na ɛtwa sɛ ɔfa Samaria. Na afei ɔduruu Samaria kuro bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asasewa a Yakob de maa ne ba Yosef no ho. Nso na Yakob abura wɔ hɔ. Na ɛnam sɛ Yesu abrɛ wɔ n’akwantuo mu nti, ɔtenaa abura no so. Na abɔ bɛyɛ sɛ awia dummienu. Na ɔbaa bi a ɔfiri Samaria baa hɔ bɛtoo nsuo. Yesu see no sɛ: Ma me bi mennom! Na n’asuafoɔ no kɔ kuro no mu rekɔtɔ aduane. Ɛnna Samariani baa no see no sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na wo a woyɛ Yudani, bisa me a meyɛ Samariani baa hɔ nsuo anom? (Ɔkaa saa ɛfiri sɛ na Yudafoɔ ne Samariafoɔ nka.) Yesu bua see no sɛ: Sɛ wonim Nyankopɔn akyɛdeɛ, ne deɛ ɔse wo sɛ: Ma me bi mennom yi a, anka wobɛbisa no, na wama wo nkwa nsuo. Ɔbaa no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Owura, wonni adeɛ a wɔde toɔ, na abura no mu nso dɔ, enti ɛhe na wonya nkwa nsuo no fire? Woyɛ kɛseɛ sene yɛn agya Yakob a ɔmaa yɛn abura yi, na ɔno ara ne ne mma ne ne mmoa nomm bie no anaa? Yesu see no sɛ: Obiara a ɔnom nsuo yi bie no, osukɔm bɛde no bio. Na deɛ ɔbɛnom nsuo a mɛma no bie no deɛ, osukɔm renne no da; na nsuo a mɛma no no bɛyɛ nsuo abura a ɛfifiri kɔ daa nkwa mu wɔ ne mu. Ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: Owura, ma me saa nsuo yi bi, na osukɔm anne me, na mamma ha mammɛto nsuo. Yesu see no sɛ: Kɔfrɛ wo kunu bra ha! Ɔbaa no bua kaa sɛ: Menni kunu. Yesu see no sɛ: Woaka no yie sɛ wose: Menni kunu; na wo ne mmarima baanum na atena, na deɛ wo ne no wɔ hɔ seesei ara yi mpo, ɔnyɛ wo kunu. Yei deɛ woaka no nokorɛ mu. Ɔbaa no see no sɛ: Owura, mahunu sɛ woyɛ odiyifoɔ. Yɛn agyanom sɔree bepɔ yi so; na mo deɛ, moka sɛ Yerusalem ne faako a ɛsɛ sɛ wɔsɔre. Yesu see no sɛ: Ɔbaa, gye me di sɛ, dɔn no reba a ɛnyɛ bepɔ yi so, anaasɛ Yerusalem na mobɛsɔre Agya no. Mosɔre deɛ monnim; yɛn deɛ, yɛsɔre deɛ yɛnim, ɛfiri sɛ nkwagyeɛ no firi Yudafoɔ mu. Na dɔn no reba, na adu, sɛ wɔn a wɔsɔre nokorɛ mu no bɛsɔre Agya no honhom ne nokorɛ mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no na Agya no rehwehwɛ. Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokorɛ mu. Ɔbaa no see no sɛ: Menim sɛ Mesaia (a wɔfrɛ no Kristo) no reba; na sɛ ɔba a, ɔno na ɔbɛkyerɛ yɛn nnoɔma nyinaa. Yesu see no sɛ: Me a me ne wo rekasa yi, mene no. Saa berɛ no ara na n’asuafoɔ no baeɛ, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa sɛ ɔne ɔbaa no rekasa, nanso obi ammisa no sɛ: Deɛn na wohwehwɛ? Anaasɛ: Adɛn na wo ne ɔbaa no rekasa yi? Ɛnna ɔbaa no gyaa n’asuhina no hɔ, na ɔkɔɔ kuro no mu kɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ: Mommra mmɛhwɛ onipa bi a waka deɛ mayɛ nyinaa akyerɛ me, sɛ ɛnyɛ oyi ne Kristo no anaa? Ɛnna nkurɔfoɔ no firii kuro no mu baa Yesu nkyɛn. Saa berɛ no mu no n’asuafoɔ no see no sɛ: Rabi, didi! Na ɔsee wɔn sɛ: Mewɔ aduane medi a monnim. Enti n’asuafoɔ no sesee wɔn ho sɛ: Obi abrɛ no biribi adi anaa? Yesu see wɔn sɛ: M’aduane ne sɛ meyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, na mewie n’adwuma. Ɛyɛ a, monka sɛ aka abosome nnan na otwa berɛ adu anaa? Hwɛ, mese mo sɛ, momma mo ani so, na monhwɛ mfuo mu, sɛ anya ahoa ama otwa. Na deɛ ɔtwa no gye akatua, na ɔboaboa aba no ano kɔ daa nkwa mu; na deɛ ɔguiɛ ne deɛ ɔtwaeɛ nyinaa ani agye prɛko. Na yei mu na asɛm no yɛ nokorɛ sɛ: Obi gu, na obi twa. Me deɛ, mesomaa mo sɛ monkɔtwa deɛ moanyɛ ho adwuma; ebinom abrɛ wɔn ho ayɛ, na mo deɛ, moabɛdi wɔn adwuma no so aba. Na Samariafoɔ a wɔwɔ kuro no mu no mu pii gyee no dii, ɛsiane ɔbaa no adanseɛ a ɔdii sɛ: Waka deɛ mayɛ nyinaa akyerɛ me, no nti. Enti Samariafoɔ no baa ne nkyɛn no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn; na ɔtenaa hɔ nnanu. Na nnipa pii a ɛsene kane deɛ no gyee no dii n’asɛm nti, na nkurɔfoɔ no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Afei ɛnyɛ w’asɛm nti na yɛgye die, na yɛn ara yɛate, na yɛahunu sɛ oyi ne wiase Agyenkwa no ampa. Na nnanu akyiri no, Yesu firii hɔ kɔɔ Galilea. Na Yesu no ara dii adanseɛ sɛ, odiyifoɔ nni anidie ɔno ara ne kuro mu. Na ɔduruu Galilea no, Galileafoɔ no a wɔhunuu deɛ ɔyɛeɛ Yerusalem afahyɛ ase no nyinaa gyee no; ɛfiri sɛ wɔn nso wɔbaa afahyɛ no ase bi. Ɛnna ɔkɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔdanee nsuo nsa no bio. Na ahenkwaa panin bi wɔ hɔ a ne ba yare wɔ Kapernaum. Na ɔtee sɛ Yesu firi Yudea aba Galilea no, ɔsii mu kɔɔ ne nkyɛn, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra mmɛsa ne ba yadeɛ; na ɔreyɛ awu. Ɛnna Yesu see no sɛ: Sɛ moanhunu nsɛnkyerɛnneɛ ne nkonyaa a, morennye nni. Ahenkwaa panin no see no sɛ: Owura, bra, na me ba no anwu ansa. Yesu see no sɛ: Kɔ, wo ba no ho ayɛ no den! Na onipa no gyee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no diiɛ, na ɔkɔeɛ. Na ɔrekorɔ no, ne nkoa bɛhyiaa no, na wɔkaa sɛ: Wo ba no ho ayɛ no den! Ɛnna ɔbisaa wɔn dɔn korɔ a ne ho tɔɔ no. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Nnora bɛyɛ awia dɔnko no na ɔfoɛ no gyaa no. Ɛnna agya no hunuu sɛ ɛyɛ dɔn no ara a Yesu see no sɛ: Wo ba no ho ayɛ no den no mu; na ɔno ne ne fiefoɔ nyinaa gye diiɛ. Yei nso ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛtɔ so mmienu a Yesu firi Yudea baa Galilea no, ɔyɛeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yei akyiri no, Yudafoɔ afahyɛ duruiɛ, na Yesu kɔɔ Yerusalem. Nso ɔtadeɛ bi wɔ Yerusalem Nnwanten Pono kɛseɛ no ho a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betesda a ɛwɔ ntwonoo nnum. Na yeinom mu na nnipa pii, ayarefoɔ, anifirafoɔ, mpakye ne wɔn a wɔn fa awuwuo deda [retwɛn nsuo no wosoɔ. Na ɛduru berɛ bi mu a, ɔbɔfoɔ siane ba tadeɛ no mu bɛhono nsuo no, na deɛ nsuo no hono akyiri no, ɔdi kan kɔ mu no, yadeɛ biara a ɔyareɛ no, na ne ho ayɛ no den.] Na onipa bi wɔ hɔ a wadi mfirinhyia aduasa nwɔtwe n’ahoɔmmerɛ mu. Ɔno na Yesu hunuu no sɛ ɔda hɔ, na ɔnim sɛ wakyɛre hɔ no, ɔbisaa no sɛ: Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa? Ɔyarefoɔ no buaa no sɛ: Owura, menni onipa bi a sɛ nsuo no hono a, ɔde me kɔto tadeɛ no mu; na sɛ merekɔ a, na obi adi m’anim kan kɔ mu. Yesu see no sɛ: Sɔre, yi wo kɛtɛ, na nante! Na ntɛm ara onipa no ho yɛɛ no den, na ɔyii ne kɛtɛ, na ɔnanteeɛ. Nso na da no yɛ homeda. Enti Yudafoɔ no ka kyerɛɛ deɛ wɔasa no yadeɛ no sɛ: Ɛnnɛ yɛ homeda; wonni ho kwan sɛ wosoa wo kɛtɛ. Ɔbuaa wɔn sɛ: Deɛ ɔmaa me ho yɛɛ me den no, ɔno ara na ɔsee me sɛ: Yi wo kɛtɛ, na nante! Ɛnna wɔbisaa no sɛ: Hwan ne onipa a ɔsee wo sɛ: Yi wo kɛtɛ na nante no? Nso deɛ ne ho asane no no nnim onipa ko; ɛfiri sɛ na nkurɔfokuo no wɔ hɔ nti, na Yesu nso atwe ne ho afiri hɔ. Yei akyiri no, Yesu hunuu no asɔrefie, na ɔsee no sɛ: Hwɛ, wo ho ayɛ wo den; nyɛ bɔne bio, na deɛ ɛyɛ bɔne sene yei anyɛ wo. Onipa no sii mu kɔ kɔka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ ɛyɛ Yesu na ɔmaa ne ho yɛɛ no den. Na yei nti Yudafoɔ no taa Yesu, ɛfiri sɛ wayɛ nnoɔma yi homeda. Na ɔbuaa wɔn sɛ: M’Agya gu so yɛ adwuma bɛsi sɛsɛɛ, na me nso meyɛ adwuma. Na yei mmom nti afei Yudafoɔ no hwehwɛɛ sɛ wɔkum no, sɛ ɛnyɛ homeda nko na wasɛe no, na mmom ɔfrɛ Onyankopɔn sɛ ɔno ara n’Agya de yɛ ne ho sɛ ɔno ne Onyankopɔn yɛ pɛ. Ɛnna Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, Ɔba no ara ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye deɛ wahunu Agya no sɛ ɔyɛ; ɛfiri sɛ biribiara a ɔno yɛ no, ɛno ara na Ɔba no nso yɛ. Na Agya no dɔ Ɔba no, na ɔkyerɛ no deɛ ɔno ara yɛ nyinaa; na ɔbɛkyerɛ no nnwuma akɛseɛ a ɛsene yeinom, na ayɛ mo nwanwa. Na sɛdeɛ Agya no nyane awufoɔ, na ɔma wɔn nkwa no, saa ara na Ɔba no nso ma wɔn a ɔpɛ nkwa. Na Agya no nso mmu obiara atɛn, na ɔde atemmuo nyinaa ahyɛ Ɔba no nsa, sɛ wɔn nyinaa nni Ɔba no ni, sɛdeɛ wɔdi Agya no ni no. Deɛ ɔnni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no ni. Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔte m’asɛm, na ɔgye deɛ ɔsomaa me no die no wɔ daa nkwa, na ɔremma atemmuo mu, na watwa mu afiri owuo mu kɔ nkwa mu. Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Dɔn no reba na anya adu a awufoɔ bɛte Nyankopɔn ba no nne, na wɔn a wɔteɛ no bɛnya nkwa. Na sɛdeɛ Agya no wɔ nkwa ɔno ara mu no, saa ara na ɔde ama Ɔba no nso sɛ ɔnnya nkwa ɔno ara mu; na wama no tumi sɛ ɔmmu atɛn nso, ɛfiri sɛ ɔyɛ Onipa Ba. Mommma yei nnyɛ mo nwanwa, ɛfiri sɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ adakamena mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafiri adi, na wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ nkwa wusɔreɛ mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no bɛkɔ atemmuo wusɔreɛ mu. Me deɛ, mentumi menhyɛ me ho menyɛ hwee; sɛdeɛ meteɛ no, na mebu atɛn, na m’atemmuo no yɛ tenenee. Na menhwehwɛ deɛ me ara mepɛ, na deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ. Sɛ me ara medi me ho adanseɛ a, m’adanseɛ no nyɛ nokorɛ. Obi wɔ hɔ a ɔdi me ho adanseɛ, na menim sɛ adanseɛ a ɔdi me ho no yɛ nokorɛ. Mo deɛ, moasoma akɔ Yohane nkyɛn, na wadi nokorɛ adanseɛ; na me deɛ, mennye adanseɛ onipa bi nkyɛn, na meka yeinom, na moanya nkwa. Ɔno ne kanea a ɛdɛre na ɛhyerɛn; na mo deɛ, mopɛɛ sɛ mo ani gye kakra ne hann no mu. Na me deɛ, mewɔ adanseɛ a ɛsene Yohane deɛ no; na nnwuma a Agya no de ama me sɛ menwie no, nnwuma no ara a meyɛ no di me ho adanseɛ sɛ Agya no na asoma me. Na Agya no a ɔsomaa me no ara adi me ho adanseɛ. Moante ne nne ara da, nso moanhunu ne suban; na monni n’asɛm no wɔ mo mu, ɛfiri sɛ deɛ ɔsomaa no no, monnye no nni! Mohwehwɛ atwerɛsɛm no mu, ɛfiri sɛ mosusu sɛ mowɔ daa nkwa wɔ mu; na ɛno ne deɛ ɛdi me ho adanseɛ, na mompɛ sɛ moba me nkyɛn, na moanya nkwa. Mennye animuonyam mfiri nnipa nkyɛn, na mahu mo sɛ monni Nyankopɔn dɔ wɔ mo mu. Me deɛ, mebaa m’Agya din mu, na monnye me; sɛ ɔfoforɔ ba ɔno ara din mu a, ɔno na mobɛgye no. Ɛbɛyɛ dɛn na mo a mogye animuonyam mo ho mo ho nkyɛn bɛtumi agye adie, mo a Onyankopɔn koro no nkyɛn animuonyam deɛ, monhwehwɛ? Monnsusu sɛ mɛbɔ mo kwaadu, Agya no anim, na deɛ ɔbɔ mo kwaadu no wɔ hɔ; ɔne Mose a mode mo ani ato ne soɔ no. Na sɛ mogye Mose di a, anka mobɛgye me adi; na me ho nsɛm no, ɔno na ɔtwerɛeɛ. Na sɛ monnye n’atwerɛsɛm no nni a, ɛbɛyɛ dɛn na mobɛgye me nsɛm adie?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yeinom akyiri no, Yesu sii mu kɔɔ Galilea po a ɛne Tiberia po no agya. Na nkurɔfokuo kɛseɛ dii n’akyi, ɛfiri sɛ na wɔahunu nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛɛ no wɔn a wɔyareɛ ho. Na Yesu kɔɔ bepɔ no so, na ɔne n’asuafoɔ no kɔtenaa hɔ. Nso na Twam da a ɛyɛ Yudafoɔ afahyɛ no abɛn. Afei Yesu maa n’ani so, na ɔhunuu sɛ ɛdɔm kɛseɛ reba ne nkyɛn no, ɔsee Filipo sɛ: Ɛhe na yɛbɛtɔ paanoo ama yeinom adie? Na yei deɛ, ɔka de sɔɔ no hwɛe, ɛfiri sɛ na ɔno ara nim deɛ ɔrebɛyɛ. Filipo buaa no sɛ: Paanoo denare ahanu renso wɔn sɛ wɔn mu biara bɛnya kakra. Na asuafoɔ no mu baako, Andrea, Simon Petro nua, ka kyerɛɛ no sɛ: Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ atokoɔ paanoo nnum ne mpataa nketewa mmienu; na yei yɛ deɛn ma nnipa pii yi? Yesu kaa sɛ: Momma nnipa no ntenatena ase! Nso na ɛserɛ pii wɔ hɔ. Ɛnna mmarima a wɔn ano bɛyɛ mpemnum no tenatenaa aseɛ. Na Yesu faa paanoo no ne mpataa no, na ɔdaa ase no, ɔkyɛ maa wɔn a wɔtete hɔ no; dodoɔ biara a wɔhia. Na wɔmeemeeɛ no, ɔsee n’asuafoɔ no sɛ: Mommoaboa mporoporowa a aka no ano, na ebi anyera. Ɛnna wɔboaboaa ano, na wɔde atokoɔ paanoo nnum no mporoporowa a ɛka maa wɔn a wɔdiiɛ no hyehyɛɛ nkɛntɛn dummienu mama. Afei nnipa no hunuu nsɛnkyerɛnneɛ a Yesu yɛeɛ no, wɔkaa sɛ: Ampa, odiyifoɔ a ɔreba wiase no nie! Ɛnna Yesu hunuu sɛ wɔreba abɛfa no, ahyɛ no de no akɔsi hene nti, ɔtwee ne ho, na ɔno nko ara kɔɔ bepɔ no so bio. Na ɛduruu anwummerɛ no, n’asuafoɔ no kɔɔ mpoano, na wɔkɔɔ kodoɔ mu twaa po no sɛ wɔrekɔ Kapernaum. Na esum aduru dada, na Yesu nnya mmaa wɔn nkyɛn, na mframa kɛseɛ bɔeɛ nti, ɛpo no huruii. Na wɔharee bɛyɛ akwansin mmiɛnsa anaa nnan no, wɔhunuu Yesu sɛ ɔnam po no soɔ, na ɔretwe pini kodoɔ no; na wɔsuroeɛ. Na ɔsee wɔn sɛ: Ɛyɛ me, monnsuro! Ɛnna wɔde anigyeɛ maa no baa kodoɔ no mu, na ntɛm ara na kodoɔ no duruu asase a wɔrekɔ hɔ no so. Adeɛ kyeeɛ no, na nkurɔfokuo a wɔgyina ɛpo no agya no hunuu sɛ kodoɔ biara nni hɔ sɛ baako a n’asuafoɔ no kɔɔ mu, nanso ɛnyɛ Yesu ne wɔn na ɛkɔɔ kodoɔ no mu no, n’asuafoɔ no nko na wɔkɔeɛ. Na akodoɔ foforɔ firii Tiberia baa faako a Awurade daa ase, na wɔdii paanoo no hɔ; enti nkurɔfokuo no hunuu sɛ Yesu nni hɔ na n’asuafoɔ no nso nni hɔ no, wɔn nso kɔɔ akodoɔ no mu, na wɔbaa Kapernaum bɛhwehwɛɛ Yesu. Na wɔhunuu no ɛpo no agya no, wɔsee no sɛ: Rabi, da bɛn na wobaa ha? Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, ɛnyɛ sɛ mohunuu nsɛnkyerɛnneɛ nti na mohwehwɛ me, na sɛ modii paanoo no bie na momeeɛ ntira. Monnyɛ aduane a ɛsɛeɛ ho adwuma, na mmom aduane a ɛtena hɔ kɔ daa nkwa mu a Onipa Ba no de bɛma mo; na ɔno na Agya Nyankopɔn asɔ no ano. Ɛnna wɔsee no sɛ: Ɛdeɛn na yɛnyɛ na yɛayɛ Nyankopɔn nnwuma? Yesu bua see wɔn sɛ: Yei ne Nyankopɔn adwuma, sɛ mobɛgye deɛ ɔsomaa no no adie. Ɛnna wɔsee no sɛ: Ɛnneɛ nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na woreyɛ, na yɛahunu na yɛagye wo adie? Ɛdeɛn na woreyɛ? Yɛn agyanom dii mana ɛserɛ so, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Ɔmaa wɔn paanoo firi soro dii. Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo paanoo a ɛfiri soro no, na mmom m’agya na ɔma mo nokorɛ paanoo a ɛfiri soro no. Na Nyankopɔn paanoo ne deɛ ɔsiane firi soro ba na ɔma wiase nkwa no. Ɛnna wɔsee no sɛ: Awurade, ma yɛn paanoo yi daa! Na Yesu see wɔn sɛ: Mene nkwa paanoo no; deɛ ɔba me nkyɛn no, ɛkɔm renne no da, na deɛ ɔgye me die no, osukɔm renne no da. Na meka mekyerɛɛ mo sɛ moahu me, nanso moda so ara nnye nni. Wɔn a Agya no de wɔn ma me nyinaa bɛba me nkyɛn; na deɛ ɔba me nkyɛn no, merento no ntwene da, ɛfiri sɛ mesiane mefiri soro mebae, ɛnyɛ sɛ merebɛyɛ deɛ me ara mepɛ, na mmom deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ. Na yei ne deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, sɛ deɛ ɔde ama me nyinaa, memmma emu bi nnyera, na manyane no ɛda a ɛdi akyire no. Na yei ne m’Agya no apɛdeɛ, sɛ obiara a ɔhunu Ɔba no na ɔgye no die no nnya daa nkwa; na mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no. Ɛnna Yudafoɔ no nwiinwii ne ho sɛ waka sɛ: Mene paanoo a ɛsiane firii soro no, na wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ oyi ne Yesu, Yosef ba a yɛnim n’agya ne ne na no? Ɛyɛɛ dɛn na afei ɔse: Masiane mafiri soro maba? Ɛnna Yesu bua see wɔn sɛ: Monnnwiinwii mo mu! Obi ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no; na me deɛ, mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no. Wɔatwerɛ no adiyifoɔ no mu sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a wate afiri Agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn. Ɛnyɛ sɛ obi ahunu Agya no, gye deɛ ɔwɔ Nyankopɔn nkyɛn no, ɔno na wahunu Agya no. Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔgye die no wɔ daa nkwa. Mene nkwa paanoo no. Mo agyanom dii mana ɛserɛ so, na wɔwuwuiɛ; yei ne paanoo a ɛsiane firi soro ba, sɛ onipa nni bi, na wanwu. Mene paanoo a nkwa wɔ mu a mesiane mefirii soro mebaeɛ no; sɛ obi di paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na paanoo a mede bɛma wiase nkwa no ne me honam. Ɛnna Yudafoɔ no yɛɛ akasakasa wɔn mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na oyi bɛtumi de ne honam ama yɛn na yɛadie? Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Sɛ moanni Onipa Ba no honam, na moannom ne mogya a, monni nkwa mo mu. Deɛ ɔdi me honam na ɔnom me mogya no wɔ daa nkwa, na mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no. Na me honam yɛ aduane ampa, na me mogya yɛ anonneɛ ampa. Deɛ ɔdi me honam na ɔnom me mogya no tena me mu, na me nso metena ne mu. Sɛdeɛ Agya a ɔte aseɛ no somaa me na Agya no nti mete aseɛ no, saa ara nso na deɛ ɔdi me honam no nso, me nti ɔbɛtena aseɛ. Yei ne paanoo a ɛfiri soro siane baeɛ no, ɛnte sɛ deɛ mo agyanom diiɛ, na wɔwuwuiɛ no; deɛ ɔdi paanoo yi bɛtena ase daa. Ɔrekyerɛkyerɛ Kapernaum hyiadan mu no na ɔkaa yeinom. Enti n’asuafoɔ no mu pii teeɛ no, wɔkaa sɛ: Asɛm yi yɛ den, hwan na ɔbɛtumi atie? Na Yesu tee nka wɔ ne mu sɛ n’asuafoɔ renwiinwii yei ho no, ɔsee wɔn sɛ: Yei to mo suntidua anaa? Na afei, sɛ mohunu Onipa Ba no sɛ ɔrekɔ soro, faako a ɔwɔ kane no nso ɛ? Honhom ne deɛ ɛma nkwa, ɔhonam deɛ, ɛnyɛ hwee; nsɛm a maka mo no yɛ honhom ne nkwa. Na mo mu binom wɔ hɔ a wɔnnye nnie. Na Yesu nim wɔn a wɔnnye nnie no firi mfitiaseɛ, ne deɛ ɔbɛyi no ama no. Na ɔkaa sɛ: Yei nti na maka makyerɛ mo sɛ: Obiara ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ Agya no de ama no ansa. Ɛfiri ɛno soɔ no, n’asuafoɔ mu pii sanee wɔn akyiri, na wɔne no annante bio. Ɛnna Yesu see dummienu no sɛ: Mo nso, mopɛ sɛ mokɔ bi anaa? Simon Petro buaa no sɛ: Awurade, hwan nkyɛn na yɛbɛkorɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm; na yɛagye adi, na yɛahunu sɛ wone Nyankopɔn Kronkronni no. Yesu buaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ me na mayi mo dummienu yi anaa? Nso mo mu baako yɛ ɔbonsam! Ɔne Yuda Iskariot, Simon ba; na ɔno na ɔrebɛyi no ama, nso ɔyɛ dummienu no mu baako.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yeinom akyiri no, Yesu kyinii Galilea; na ɔmpɛ sɛ ɔkyini Yudea, ɛfiri sɛ na Yudafoɔ no rehwehwɛ no akum no. Na Yudafoɔ Asesebɔ afahyɛ abɛn. Ɛnna ne nuanom ka kyerɛɛ no sɛ: Firi ha kɔ Yudea, na w’asuafoɔ nso nhunu wo nnwuma a woyɛ no. Na obi nyɛ biribi kokoam nhwehwɛ sɛ wɔbɛhu no badwa mu. Sɛ woyɛ yeinom a, yi wo ho kyerɛ wiase! Na ne nuanom mpo annye no anni. Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Me deɛ, me berɛ nnya nnurui, na mo berɛ deɛ, ɛduru daa. Wiase ntumi ntane mo; na me na ɛtane me, ɛfiri sɛ, medi adanseɛ sɛ, ne nnwuma yɛ bɔne. Mo deɛ, monkɔ afahyɛ yi ase. Me deɛ, mennya menkɔɔ afahyɛ yi ase; ɛfiri sɛ me berɛ nnya nnurui. Na ɔsee wɔn saa no, ɔtenaa Galilea. Na ne nuanom kɔeɛ no, ɛnna ɔno nso kɔɔ afahyɛ no aseɛ; wanyi ne ho adi, na mmom ɔhuntae. Ɛnna Yudafoɔ no hwehwɛɛ no afahyɛ no aseɛ, na wɔse: Ɔwɔ he? Na huhuhuhu bebree aba nkurɔfoɔ akuakuo no mu wɔ ne ho. Ebinom se: Ɔyɛ onipa pa; na ebinom se: Dabi, na ɔdaadaa nkurɔfoɔ mmom. Nanso Yudafoɔ no ho hu nti, obi anyi anim anka ne ho asɛm pefee. Na afahyɛ no mfimfini no, Yesu kɔɔ asɔrefie kɔkyerɛkyerɛeɛ. Na ɛyɛɛ Yudafoɔ no nwanwa, na wɔse: Ɛyɛɛ dɛn na oyi nsuaa nwoma pɛn, na ɔnim yi? Yesu buaa wɔn kaa sɛ: Me nkyerɛkyerɛ nyɛ me dea, na deɛ ɔsomaa me no dea. Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛdeɛ a, ɔbɛhunu sɛ nkyerɛkyerɛ no firi Onyankopɔn anaasɛ ɛfiri me ara me tirim na meka. Deɛ ɔbɔ ɔno ara ne tirim kasa no, hwehwɛ ɔno ara animuonyam; na deɛ ɔhwehwɛ deɛ ɔsomaa no no animuonyam no, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafoɔ a, deɛ ɛntene nni ne mu. Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo mmara no? Nanso mo mu biara nni mmara no so. Adɛn na morehwehwɛ me aku me? Nkurɔfokuo no buaa sɛ: Wowɔ honhommɔne; hwan na ɔrehwehwɛ wo aku woɔ? Yesu bua see wɔn sɛ: Mayɛ adwuma baako, na yei na ɛyɛ mo nyinaa nwanwa. Mose maa mo twetiatwa (ɛnyɛ sɛ ɛfiri Mose, na ɛfiri agyanom) nanso homeda motwa onipa twetia. Sɛ onipa nya twetiatwa homeda na wɔanto Mose mmara no a, adɛn nti na mo bo afu me sɛ mama onipa mu ho ayɛ no den homeda? Mommmu atɛn sɛdeɛ mohunu kwa, na mommu atɛn a ɛtene! Ɛnna Yerusalemfoɔ no mu bi kaa sɛ: Ɛnyɛ oyi ne deɛ wɔrehwehwɛ no aku no no? Na hwɛ ɔkasa pefee, na wɔnka no hwee. Sɛsɛɛ mpanimfoɔ ahunu ampa sɛ oyi ne Kristo no anaa? Nanso oyi deɛ, yɛnim deɛ ɔfire; na Kristo no deɛ, sɛ ɔba a, obi renhunu deɛ ɔfire. Ɛnna Yesu rekyerɛkyerɛ asɔrefie no, ɔteaa mu sɛ: Monim me, na monim deɛ mefire. Na ɛnyɛ me ara na mehyɛɛ me ho mebaeɛ; na deɛ ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafoɔ a monnim no. Na me deɛ, menim no; ɛfiri sɛ mefiri ne nkyɛn, na ɔno na ɔsomaa me. Enti na anka wɔrehwehwɛ no akye no; nanso obiara amfa ne nsa anka no, ɛfiri sɛ na ne dɔn nnya nnuruiɛ. Na nkurɔfokuo no mu pii gyee no dii, na wɔkaa sɛ: Kristo no, sɛ ɔba a, ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bebree asene yeinom a oyi ayɛ yi? Farisifoɔ no tee sɛ nkurɔfokuo no rewiinwii keka yeinom wɔ ne ho. Na Farisifoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no somaa asomfoɔ sɛ wɔnkɔkye no. Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mewɔ mo nkyɛn berɛ tiaa bi, na merebɛkɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn. Mobɛhwehwɛ me, na morenhu me; na deɛ mewɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ. Ɛnna Yudafoɔ no sesee wɔn ho sɛ: Ɛhe na oyi rebɛkorɔ a yɛrenhu no? Ɔrebɛkɔ wɔn a wɔapete Helafoɔ mu no mu akɔkyerɛkyerɛ Helafoɔ? Asɛm bɛn na ɔka yi sɛ: Mobɛhwehwɛ me, na morenhu me, na deɛ mewɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ. Na da a ɛdi akyire a ɛyɛ afahyɛ no mu da kɛseɛ no, Yesu sɔre gyinae, na ɔteaa mu sɛ: Sɛ osukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn, mmɛnom nsuo! Sɛdeɛ atwerɛsɛm no kaeɛ no: Deɛ ɔgye me die no, nkwa asubɔnten bɛsene afiri ne yam. Na yei deɛ, ɔkaa wɔ Honhom a wɔn a wɔgye no die rebɛnya no ho; na Honhom no nnya mmae, ɛfiri sɛ wɔnnya nhyɛɛ Yesu animuonyam. Na nkurɔfokuo no tee nsɛm yi no, wɔn mu binom kaa sɛ: Odiyifoɔ no nie ampa! Ebinom se: Kristo no nie! Na ebinom nso bisaa sɛ: Kristo no bɛfiri Galilea anaa? Atwerɛsɛm no anka sɛ Dawid asefoɔ mu ne Betlehem kuro a Dawid tenaa hɔ no mu na Kristo no bɛfire anaa? Na ne nti mpaepaemu baa nkurɔfokuo no mu. Na wɔn mu binom pɛɛ sɛ wɔkye no; nanso obiara amfa ne nsa anka no. Ɛnna asomfoɔ no baa asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no nkyɛn, na wɔbɛbisaa wɔn sɛ: Adɛn nti na moamfa no amma? Asomfoɔ no buaa sɛ: Onipa biara nkasaa sɛ onipa yi da. Ɛnna Farisifoɔ no buaa wɔn sɛ: Wɔadaadaa mo nso anaa? Mpanimfoɔ anaa Farisifoɔ no mu bi agye no adi anaa? Na nkurɔfokuo yi a wɔnnim mmara no, wɔadome wɔn! Nikodemo a ɔbaa ne nkyɛn da bi a ɔyɛ wɔn mu baako no see wɔn sɛ: Yɛn mmara ntiee onipa na ɛnhunuu deɛ ɔyɛeɛ ansa a, ɛbu no atɛn anaa? Wɔbua see no sɛ: Dabrɛ wo nso wofiri Galilea? Hwehwɛ mu, na wobɛhunu sɛ odiyifoɔ nsɔree wɔ Galilea pɛn. [Na wɔn nyinaa kokɔɔ wɔn afie mu mmaako mmaako.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yesu kɔɔ Ngo Bepɔ no so. Na ahemadakye no, ɔbaa asɔrefie bio, na ɔman mu no nyinaa baa ne nkyɛn; na ɔtenaa ase kyerɛkyerɛɛ wɔn. Na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no de ɔbaa bi a wɔakye no adwamammɔ mu bae; na wɔde no bɛgyinaa mfimfini no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, wɔakyere ɔbaa yi wɔ adwamammɔ mu pɛɛ. Nso Mose hyɛɛ yɛn mmara no mu sɛ, wɔnsi nnipa a ɛte saa aboɔ; na wo nso, wose sɛn? Na yei deɛ, wɔka de sɔɔ no hwɛe, na wɔanya biribi akɔtoto n’ano. Na Yesu brɛɛ ne mu ase, de ne nsateaa twerɛtwerɛɛ fam. Na wɔda so ara rebisa no no, ɔmaa ne mu so see wɔn sɛ: Mo mu deɛ bɔne nni ne ho no, ma no nto no ɛboɔ kane! Na ɔbrɛɛ ne mu ase bio, twerɛtwerɛɛ fam. Na wɔn deɛ, wɔteeɛ, na wɔn ahonim buu wɔn atɛn no, wɔfirii adi mmaako mmaako firi mpanimfoɔ so bɛsii wɔn a wɔdi akyire so; na ɛkaa Yesu nko ne ɔbaa a ɔgyina mfimfini no. Na Yesu maa ne mu soɔ, na wanhunu obiara sɛ ɔbaa no nko no, ɔsee no sɛ: Ɔbaa, ɛhe na w’atoafoɔ no wɔ? Obi ammu wo fɔ anaa? Na ɔse: Obi ammu me fɔ, Owura. Na Yesu see no sɛ: Me nso memmu wo fɔ, kɔ na nkɔyɛ bɔne bio!] Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ: Mene wiase hann; deɛ ɔdi m’akyire no rennante sum mu da, na ɔbɛnya nkwa hann. Ɛnna Farisifoɔ no see no sɛ: Wo deɛ, wodi wo ara wo ho adanseɛ; w’adanseɛ no nyɛ nokorɛ. Yesu bua see wɔn sɛ: Sɛ medi me ara me ho adanseɛ mpo a, m’adanseɛ no yɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, menim faako a mefire ne faako a merekorɔ; na mo deɛ, monnim deɛ mefire ne deɛ merekorɔ. Mo deɛ, mobu ɔhonam ani atɛn; na me deɛ, memmu obiara atɛn. Na sɛ mebu atɛn mpo a, m’atemmuo no yɛ nokorɛ; ɛfiri sɛ ɛnyɛ me nko ara na mebu atɛn, na mmom me ne Agya no a ɔsomaa me no. Na wɔatwerɛ no mo mmara nwoma no mu nso sɛ: Nnipa baanu adanseɛ yɛ nokorɛ. Me na medi me ho adanseɛ, na Agya a ɔsomaa me no nso di me ho adanseɛ. Ɛnna wɔsee no sɛ: Ɛhe na w’Agya wɔ? Yesu buaa sɛ: Monnim me, na monnim m’Agya nso; sɛ monim me a, anka monim m’Agya no nso. Ɔrekyerɛkyerɛ asɔrefie no, na ɔkaa nsɛm yi sikakorabea hɔ; na obi ankye no, ɛfiri sɛ na ne dɔn nnya nnuruiɛ. Ɛnna ɔsee wɔn bio sɛ: Me deɛ, merekɔ, na mobɛhwehwɛ me, na mobɛwu mo bɔne mu; na faako a merekorɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ. Ɛnna Yudafoɔ no kaa sɛ: Ɔrebɛdi ne ho awu anaa, enti na ɔse: Faako a merekorɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ? Na ɔsee wɔn sɛ: Mo deɛ, mofiri fam, na me deɛ, mefiri soro. Mofiri wiase; na me deɛ, memfiri wiase yi mu. Enti mese mo sɛ: Mobɛwu mo bɔne mu; na sɛ moannye anni sɛ mene no a, mobɛwu mo bɔne mu. Ɛnna wɔsee no sɛ: Wone hwan? Na Yesu see wɔn sɛ: Deɛ mefiri mfitiaseɛ meka mekyerɛɛ mo no a. Mewɔ mo ho nsɛm pii a mɛka, na mabu atɛn; na deɛ ɔsomaa me no yɛ nokwafoɔ. Na deɛ metee no ne nkyɛn no, ɛno na meka mekyerɛ wiase. Wɔanhunu sɛ Agya no ho asɛm na ɔka kyerɛɛ wɔn. Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Sɛ monya ma Onipa Ba no so a, ɛno na mobɛhunu sɛ mene no, na memmɔ me ara me tirim menyɛ biribi, na sɛdeɛ Agya no kyerɛkyerɛ me no, ɛno saa na meka. Na deɛ ɔsomaa me no ka me ho; ɔnnyaa me nko, ɛfiri sɛ, meyɛ deɛ ɛsɔ n’ani daa. Ɔrekasa saa no, nnipa pii gyee no dii. Ɛnna Yesu see Yudafoɔ a wɔagye no adie no sɛ: Sɛ motena m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafoɔ ampa; na mobɛhunu nokorɛ no, na nokorɛ no ayɛ mo adehyeɛ. Wɔbuaa no sɛ: Abraham asefoɔ ne yɛn, na yɛnyɛɛ obi nkoa da; ɛyɛɛ dɛn na woka sɛ: Mobɛyɛ adehyeɛ? Yesu buaa wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne no akoa. Na akoa nka fie daa; na ɔba deɛ, ɔtena hɔ daa. Enti sɛ Ɔba no yɛ mo adehyeɛ a, mobɛyɛ adehyeɛ ampa. Menim sɛ moyɛ Abraham asefoɔ; nanso mohwehwɛ me aku me, ɛfiri sɛ m’asɛm nsene mo mu. Deɛ mahunu no Agya no nkyɛn na meka, na mo deɛ moyɛ deɛ moate no mo agya no nkyɛn. Wɔbua see no sɛ: Yɛn agya ne Abraham. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ moyɛ Abraham mma a, anka mobɛyɛ Abraham nnwuma; na afei morehwehwɛ me aku me, me a maka mo nokorɛ a mate no Nyankopɔn nkyɛn no. Yei deɛ, Abraham anyɛ saa. Moyɛ mo agya nnwuma. Ɛnna wɔsee no sɛ: Wɔanwo yɛn adwamammɔ mu; Agya baako na yɛwɔ, ɔno ne Onyankopɔn. Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Sɛ mo Agya ne Onyankopɔn a, anka mobɛdɔ me; na me deɛ, mefiri Nyankopɔn mu na mebaeɛ. Nanso ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mebaeɛ, na ɔno na ɔsomaa me. Adɛn nti na monte me kasa aseɛ? Ɛfiri sɛ montumi ntie m’asɛm. Mo deɛ, mo agya a mofiri ne mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔdeɛ na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifoɔ firi mfitiaseɛ, na ɔnnyina nokorɛ so; ɛfiri sɛ nokorɛ nni ne mu. Sɛ ɔka atorosɛm a, ɛfiri ɔno ara ne mu na ɔka; ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya. Na me deɛ, ɛsiane sɛ meka nokorɛ nti, monnye me nni. Mo mu hwan na ɔbu me bɔne bi ho atɛn? Na sɛ meka nokorɛ a, adɛn nti na monnye me nnie? Deɛ ɔfiri Nyankopɔn mu no tie Nyankopɔn asɛm; deɛ enti montie wɔn ne sɛ, momfiri Nyankopɔn mu. Ɛnna Yudafoɔ no bua see no sɛ: Yɛanka ampa sɛ, woyɛ Samariani na wowɔ honhommɔne? Yesu buaa sɛ: Me deɛ, menni honhommɔne; na medi m’Agya no ni, na mo deɛ, mohyɛ me ahohora. Me deɛ, menhwehwɛ me ara m’animuonyam; obi wɔ hɔ a ɔhwehwɛ na ɔbu atɛn. Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, obi di m’asɛm so a, ɔrenhunu owuo ara da. Ɛnna Yudafoɔ no see no sɛ: Afei na yɛahunu sɛ wowɔ honhommɔne. Abraham ne adiyifoɔ no wuwui, na wo deɛ, wose: Sɛ obi di m’asɛm so a, ɔrenka owuo nhwɛ ara da. Woyɛ kɛseɛ sene yɛn agya Abraham a ɔwuiɛ no anaa? Na adiyifoɔ no nso wui a; ɛnneɛ na woreyɛ wo ho hwan ni? Yesu buaa sɛ: Sɛ mehyɛ me ho animuonyam a, m’animuonyam no nyɛ hwee: Ɛyɛ m’Agya a moka sɛ ɔne mo Nyankopɔn no na ɔhyɛ me animuonyam. Nso moanhu no, na me deɛ, menim no; na sɛ meka sɛ mennim no a, meyɛ ɔtorofoɔ te sɛ mo. Nanso menim no, na medi n’asɛm so. Mo agya Abraham ho sanee no sɛ ɔbɛhu me da; na ɔhunui, na n’ani gyee. Ɛnna Yudafoɔ no see no sɛ: Wonnya nnii mfirinhyia aduonum mpo, na ɛyɛɛ dɛn na wohunuu Abraham? Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, Abraham nnya mmaeɛ no, na mewɔ hɔ. Ɛnna wɔtasee aboɔ sɛ wɔbɛto abɔ no, na Yesu huntae, na ɔfiri asɔrefie hɔ kɔe.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔretwam no, ɔhunuu onipa bi a n’ani afira firi n’awoɔ mu. Na n’asuafoɔ bisaa no sɛ: Rabi, hwan na ɔyɛɛ bɔne, oyi anaa n’awofoɔ, sɛ wɔwoo no onifirani yi? Yesu buaa sɛ: Ɛnyɛ oyi, anaa n’awofoɔ na wɔyɛɛ bɔne, na mmom sɛ Nyankopɔn nnwuma bɛda adi wɔ ne mu ntira. Ɛsɛ yɛn sɛ adekyeeɛ wɔ hɔ yi, yɛyɛ deɛ ɔsomaa me no nnwuma; anadwo reba a obiara ntumi nyɛ adwuma. Mewɔ wiase yi, mene wiase hann. Ɔkaa saa no, ɔtoo ntasuo guu fam, na ɔde ntasuo no fraa dɔteɛ, na ɔde dɔteɛ no sraa onifirani no aniwa so, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, kɔhohoro so wɔ Ɔtadeɛ Siloa mu (ne nkyerɛaseɛ ne: Deɛ wɔasoma no). Ɛnna ɔsii mu kɔeɛ kɔhohoroo soɔ, na ɔbaeɛ, na ɔhunu adeɛ. Ɛnna amannifoɔ ne wɔn a kane wɔhunuu no sɛ ɔyɛ ɔsrɛsrɛfoɔ no kaa sɛ: Ɛnyɛ oyi na na ɔte hɔ srɛsrɛ adeɛ no? Ebinom se: Ɔno ni! Na ebinom nso se: Ɔsɛ no. Na ɔno ara se: Mene no. Ɛnna wɔbisaa no sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na w’ani bueeɛ? Ɔbua kaa sɛ: Onipa bi a wɔfrɛ no Yesu na ɔpɔtɔɔ dɔteɛ de sraa m’ani soɔ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ Ɔtadeɛ Siloa mu kɔhohoro so. Na mekɔ mekɔhohoroo soɔ no, na mehunuu adeɛ. Ɛnna wɔbisaa no sɛ: Ɔwɔ he? Ɔse: Mennim. Wɔde deɛ anka ɔyɛ onifirani no kɔɔ Farisifoɔ nkyɛn. Nso da a Yesu pɔtɔɔ dɔteɛ na ɔbuee n’ani no yɛ homeda. Ɛnna Farisifoɔ no nso bisaa no bio sɛdeɛ ɛyɛeɛ na ɔhunuu adeɛ. Na ɔsee wɔn sɛ: Dɔteɛ na ɔde sraa m’ani soɔ, na mekɔhohoroo soɔ, na mehunu adeɛ yi. Ɛnna Farisifoɔ no mu bi kaa sɛ: Onipa yi mfiri Nyankopɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ, ɔnni homeda. Ebinom se: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa debɔneyɛni bɛtumi ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛte seyie? Na mpaepaemu baa wɔn mu. Ɛnna wɔsee onifirani no bio sɛ: Wo deɛ, woka deɛn ne ho, sɛ ɔbuee w’ani no? Na ɔse: Ɔyɛ odiyifoɔ. Nso na Yudafoɔ no nnye ne ho nsɛm no nni, sɛ anka ɔyɛ onifirani na ɔhunuu adeɛ, de kɔsii sɛ wɔfrɛɛ deɛ ɔhunuu adeɛ no awofoɔ, na wɔbisaa wɔn sɛ: Mo ba a moka sɛ wɔwoo no onifirani no ni anaa? Afei ɛyɛɛ dɛn na ɔhunu adeɛ yi? N’awofoɔ buaa wɔn kaa sɛ: Yɛnim sɛ yɛn ba ni, na wɔwoo no onifirani; na sɛ ɛyɛeɛ na afei ɔhunu adeɛ yi deɛ, yɛnnim. Na bio nso onipa korɔ a ɔbuee n’ani no, yɛn deɛ, yɛnnim; mommisa no, wanyini, na ɔno ara bɛkasa ama ne ho. N’awofoɔ kaa yei, ɛfiri sɛ na wɔsuro Yudafoɔ no; na Yudafoɔ no apam dada sɛ, sɛ obi pae mu ka sɛ ɔno ne Kristo no a, wɔbɛtu no afiri hyiadan mu. Yei nti na n’awofoɔ kaa sɛ: Wanyini, mommisa no. Ɛnna wɔfrɛɛ onipa a anka ɔyɛ onifirani no ne mprenu soɔ, na wɔsee no sɛ: Fa animuonyam ma Onyankopɔn! Yɛn deɛ, yɛnim sɛ onipa yi yɛ ɔdebɔneyɛni. Ɛnna ɔbua kaa sɛ: Sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni a, mennim; adeɛ baako na menim, sɛ na anka meyɛ onifirani, na afei deɛ mehunu adeɛ. Na wɔsee no sɛ: Ɛdeɛn na ɔyɛɛ woɔ? Ɔbuee w’ani no sɛn? Ɔbuaa wɔn sɛ: Maka makyerɛ mo dada, na moante? Ɛdeɛn na mopɛ sɛ mote bio? Mo nso mopɛ sɛ modane n’asuafoɔ anaa? Wɔyaa no, na wɔkaa sɛ: Wo na woyɛ ne suani; na yɛn deɛ, Mose asuafoɔ ne yɛn. Yɛnim sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose; na oyi deɛ, yɛnnim faako a ɔfire. Onipa no bua see wɔn sɛ: Yei na ɛyɛ nwanwa, sɛ monnim faako a ɔfire, nanso ɔbuee m’ani. Na yɛnim sɛ Onyankopɔn ntie adebɔneyɛfoɔ; na sɛ obi fɛre Onyankopɔn na ɔyɛ deɛ ɔpɛ a, ɔno na ɔtie no. Ɛfiri wiase mfitiaseɛ, wɔntee sɛ obi abue deɛ wɔwoo no onifirani ani pɛn. Sɛ oyi mfiri Nyankopɔn nkyɛn a, anka ɔrentumi nyɛ hwee. Wɔbua see no sɛ: Wo deɛ, bɔne mu koraa na wɔwoo woɔ, na wo na wokyerɛkyerɛ yɛn? Na wɔpamm no firii adi. Yesu tee sɛ wɔapam no afiri adie; na ɔhunuu no no, ɔbisaa sɛ: Wogye Onipa Ba no di anaa? Ɔbuaa sɛ: Hwan ne no, Owura, na mennye no menni? Na Yesu see no sɛ: Woahu no, na deɛ ɔne wo rekasa yi, ɔne no. Na ɔse: Megye medi, Awurade! Na ɔkoto sɔree no. Na Yesu kaa sɛ: Atemmuo nti na mebaa wiase, na wɔn a wɔnhunu adeɛ no ahunu, na wɔn a wɔhunu adeɛ no adane anifirafoɔ. Na Farisifoɔ no mu bi a wɔne no wɔ hɔ no tee nsɛm yi, na wɔsee no sɛ: Na yɛn nso yɛyɛ anifirafoɔ? Yesu bua see wɔn sɛ: Sɛ moyɛ anifirafoɔ a, anka monni bɔne; na sɛ mose: Yɛhunu adeɛ enti, na mo bɔne aka.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, deɛ ɔmfa ɛpono ano nkɔ nnwammuo mu na ɔforo fa baabi no, ɔyɛ owifoɔ ne odwotwafoɔ; na deɛ ɔfa ɛpono ano kɔ mu no ne nnwan no hwɛfoɔ. Ɔno na ɛponoanohwɛfoɔ hini ma no, na nnwan no te ne nne, na ɔbɔ ɔno ara ne nnwan din frɛ wɔn firi adi. Na ɔma ɔno ara ne nnwan firi adi a, ɔdi wɔn anim; na nnwan no di n’akyi, ɛfiri sɛ wɔnim ne nne. Na ɔhɔhoɔ deɛ, wɔrenni n’akyi, na wɔbɛdwane no; ɛfiri sɛ wɔnnim ananafoɔ nne. Yesu de bɛ yi buu wɔn; na wɔn deɛ, wɔanhunu asɛm ko a ɔkaa wɔn no. Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mene nnwan no pono no. Wɔn a wɔdii m’anim baeɛ no nyinaa yɛ awifoɔ ne adwotwafoɔ; na nnwan no antie wɔn. Mene ɛpono no; sɛ obi fa me so kɔ mu a, wɔbɛgye no nkwa, na ɔbɛkɔ mu, na ɔbɛfiri adi, na ɔbɛnya adidibea. Owifoɔ mma, gye sɛ ɔrebɛwia na wakum na wasɛe; me deɛ, mebae, na wɔanya nkwa, na wɔanya no mmorosoɔ. Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Odwanhwɛfoɔ pa de ne nkwa to hɔ ma nnwan no; na ɔpaani a ɔnyɛ odwanhwɛfoɔ, na nnwan no nyɛ ne dea no hunu pataku sɛ ɔreba a, ɔgya nnwan no hɔ dwane; na pataku no bɛkye wɔn bɔ wɔn hwete. Na ɔpaani dwane, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔpaani, na ɔnnwene nnwan no ho. Mene odwanhwɛfoɔ pa no; na menim me deɛ, na me deɛ nso nim me, sɛdeɛ Agya no nim me, na me nso menim Agya no. Na mede me nkwa meto hɔ mema nnwan no. Na mewɔ nnwan foforɔ a wɔmfiri ban yi mu; wɔn nso na ɛtwa sɛ mede wɔn meba, na wɔbɛtie me nne, na ayɛ kuo baako ne ɔhwɛfoɔ baako. Yei nti na Agya no dɔ me, ɛfiri sɛ mede me nkwa meto hɔ, na mafa bio. Obi nnye me nsam, na me ara na mede meto hɔ; na mewɔ ho kwan sɛ mede meto hɔ, na mewɔ ho kwan sɛ mefa bio; ahyɛdeɛ yi na menyaa no m’Agya nkyɛn. Ɛnna nsɛm yi nti mpaepaemu baa Yudafoɔ no mu bio. Na wɔn mu bebree kaa sɛ: Ɔwɔ honhommɔne, na wabɔ dam; adɛn nti na motie no? Ebinom se: Nsɛm yi nyɛ deɛ ɔwɔ honhommɔne nsɛm. Honhommɔne bɛtumi abue anifirafoɔ ani anaa? Na Asɔrefiedwira afahyɛ adu wɔ Yerusalem, na awɔ berɛ aba. Na Yesu nenam asɔrefie Salomo abrannaa so. Ɛnna Yudafoɔ bɛtwaa ne ho hyiaeɛ, na wɔsee no sɛ: Wobɛma yɛatwɛn akɔsi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn pefee? Yesu buaa wɔn sɛ: Maka makyerɛ mo, na monnye nni; nnwuma a meyɛ no m’Agya din mu no, ɛno na ɛdi me ho adanseɛ. Na mo deɛ, monnye nni; ɛfiri sɛ momfiri me nnwan no mu. Me nnwan tie me nne, na me nso menim wɔn, na wɔdi m’akyi; na mema wɔn daa nkwa, na wɔrenyera, na obi renhwim wɔn mfiri me nsam da. M’Agya a ɔde wɔn maa me no yɛ kɛseɛ sene nnoɔma nyinaa; na obi rentumi nhwim wɔn m’Agya nsam. Me ne Agya no yɛ baako. Ɛnna Yudafoɔ no tasee aboɔ bio sɛ wɔde rebɛsi no. Yesu buaa wɔn sɛ: Nnwuma pa pii na mayɛ makyerɛ mo a ɛfiri Agya no nkyɛn; emu deɛ ɛwɔ he nti na morebɛsi me aboɔ yi? Yudafoɔ no buaa no sɛ: Ɛnyɛ adwuma pa nti na yɛrebɛsi wo aboɔ, na abususɛm ntira, ɛfiri sɛ wo a woyɛ onipa no yɛ wo ho sɛ Onyankopɔn. Yesu buaa wɔn sɛ: Wɔntwerɛɛ no mo mmara mu sɛ: Mekaa sɛ: Moyɛ anyame? Sɛ ɔfrɛɛ wɔn a Nyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no anyame na wɔntumi nsɛe atwerɛ no a, adɛn nti na moka deɛ Agya ayɛ no kronkron, na wasoma no wiase no ho sɛ: Woka abususɛm, ɛnam sɛ mekaa sɛ: Nyankopɔn Ba ne me? Sɛ menyɛ m’Agya nnwuma a, ɛnneɛ monnnye me nnni; na sɛ meyɛ, na me deɛ, monnye me nni a, monnye nnwuma no nni, na moahwɛ ahunu sɛ, Agya no wɔ me mu, na me nso mewɔ ne mu. Ɛnna wɔhwehwɛɛ bio sɛ wɔkye no, na ɔfiri wɔn nsa kɔe. Na ɔsii mu kɔɔ Yordan agya nohoa bio wɔ faako a Yohane bɔɔ asu kane no, na ɔkɔtenaa hɔ. Na nnipa pii baa ne nkyɛn, na wɔkaa sɛ: Yohane anyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi deɛ, nanso nnoɔma a Yohane kaa wɔ oyi ho nyinaa no yɛ nokorɛ. Na nnipa pii gyee no dii wɔ hɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔyarefoɔ bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Lasaro a ɔfiri Betania, Maria ne ne nuabaa Marta kuro mu. Na ɛyɛ Maria a ɔde ngo hwamhwam sraa Awurade na ɔde ne tirinwi pepaa ne nan ho no na ne nua Lasaro yareɛ no. Enti ne nuammaanom soma baa Yesu nkyɛn sɛ: Awurade, hwɛ, deɛ wodɔ no no yare. Na Yesu teeɛ no, ɔkaa sɛ: Yadeɛ yi nyɛ owuo yadeɛ, na Nyankopɔn animuonyam ntira, sɛ wɔbɛfa so ahyɛ Nyankopɔn Ba no animuonyam. Nso Yesu dɔ Marta ne ne nuabaa no ne Lasaro. Na afei ɔtee sɛ ɔyareɛ no, ɔtenaa faako a ɔwɔ hɔ no ara nnanu. Na ɛno akyiri no, ɔsee n’asuafoɔ no sɛ: Momma yɛnkɔ Yudea bio! Asuafoɔ no see no sɛ: Rabi, nnansa yi ara, na Yudafoɔ rehwehwɛ sɛ wɔsi wo aboɔ, na worekɔ hɔ bio yi? Yesu buaa sɛ: Ɛnyɛ nnɔnhwereɛ dummienu na ɛwɔ da baako mu? Sɛ obi nam awia a, ɔnsunti, ɛfiri sɛ ɔhunu wiase hann; na sɛ obi nam anadwo a, ɔsunti, ɛfiri sɛ hann nni ne mu. Ɔkaa yeinom, na ɛno akyiri no, ɔsee wɔn sɛ: Yɛn adamfo Lasaro ada; na merekɔ makɔnyane no. Ɛnna n’asuafoɔ no kaa sɛ: Awurade, sɛ wada deɛ a, ɔbɛsɔre. Na Yesu deɛ, ɔkaa ne wuo ho asɛm; na wɔn deɛ, wɔsusuu sɛ nna pa ho asɛm na ɔreka. Ɛnna afei Yesu see wɔn pefee sɛ: Lasaro awu; na mo nti ɛyɛ me dɛ sɛ menni hɔ, na moagye adi. Nanso momma yɛnkɔ ne nkyɛn! Ɛnna Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfoɔ asuafoɔ no sɛ: Yɛn nso, momma yɛnkɔ na yɛne no nkɔwu! Ɛnna Yesu duruu hɔ no, ɔbɛhunuu sɛ wadi ɛda mu nnanan dada. Nso Betania bɛn Yerusalem, ɛbɛyɛ kwansini mmienu, na Yudafoɔ no mu pii aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wɔrebɛgyam wɔn, wɔn nua no nti. Ɛnna Marta tee sɛ Yesu reba no, ɔkɔhyiaa no; na Maria deɛ, ɔtenaa fie. Ɛnna Marta see Yesu sɛ: Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nuabarima anwu. Na seesei mpo menim sɛ, biribiara a wobɛbisa Onyankopɔn no, Onyankopɔn de bɛma wo. Yesu see no sɛ: Wo nuabarima no bɛsɔre bio. Marta see no sɛ: Menim sɛ owusɔreɛ mu, da a ɛdi akyire no, ɔbɛsɔre. Yesu see no sɛ: Mene owusɔreɛ ne nkwa; deɛ ɔgye me die no, sɛ wawu mpo a, ɔbɛnya nkwa. Na obiara a ɔte ase na ɔgye me die no renwu da. Wogye yei di anaa? Ɔsee no sɛ: Aane, Awurade, megye medi sɛ wone Kristo no, Nyankopɔn Ba a ɔreba wiase no. Na ɔkaa saa no, ɔsii mu kɔfrɛɛ ne nua Maria kokoam sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ no aba, na ɔrefrɛ wo. Ɔno nso teeɛ no, ɔsɔree ntɛm baa ne nkyɛn. Nanso na Yesu nnya nhyɛnee kuro no mu, na ɔwɔ deɛ Marta bɛhyiaa no hɔ. Ɛnna Yudafoɔ a wɔne no wɔ efie hɔ regyam no no hunuu sɛ Maria asɔre ntɛmntɛm afiri adie no, wɔdii n’akyi kaa sɛ: Ɔrekɔ ɛda no so hɔ akɔsu. Ɛnna Maria duruu faako a Yesu wɔ na ɔhunuu no no, ɔhwee ne nan ase ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nuabarima anwu. Ɛnna Yesu hunuu no sɛ ɔresu na Yudafoɔ a wɔne no baeɛ nso resu no, ɔguu ahome honhom mu, na ne ho yeraa no, na ɔkaa sɛ: Ɛhe na mode no toeɛ? Wɔsee no sɛ: Awurade, bra bɛhwɛ! Yesu sui. Ɛnna Yudafoɔ no kaa sɛ: Hwɛ dɔ a ɔdɔ no! Na wɔn mu binom se: Oyi a ɔbuee onifirani ani no, sɛ anka ɔbɛtumi agye oyi afiri wuo mu. Ɛnna Yesu guu ahome ne mu bio, na ɔbaa ɛda no so; ɛyɛ ɔbodan, na ɔboɔ hini ano. Yesu kaa sɛ: Monyi ɔboɔ no! Deɛ wawuo no nua Marta see no sɛ: Awurade, sɛsɛɛ deɛ, wabɔn, na wadi nnanan. Yesu see no sɛ: Manka mankyerɛ wo sɛ wogye di a, wobɛhunu Nyankopɔn animuonyam? Ɛnna wɔyii ɔboɔ no. Na Yesu maa n’ani so kaa sɛ: Agya, meda wo ase sɛ woatie me. Na me deɛ, menim sɛ wotie me daa; na nkurɔfokuo a wɔgyina hɔ no nti na meka saa, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me. Na ɔkaa saa no, ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Lasaro, firi bra! Na deɛ wawuo no firii adi, ɛda no mu, ntoma kyekyere ne nan ne ne nsa, na duku kyekyere n’anim. Na Yesu see wɔn sɛ: Monsane no, na momma no nkɔ. Ɛnna Yudafoɔ no mu pii a wɔbaa Maria nkyɛn na wɔhunuu adeɛ a Yesu yɛeɛ no gyee no diiɛ. Na wɔn mu binom sii mu kɔɔ Farisifoɔ no nkyɛn, na wɔkɔkaa wɔn deɛ Yesu yɛeɛ no. Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no maa wɔkɔhyiaa badwafoɔ no, na wɔkaa sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ, ɛfiri sɛ onipa yi yɛ nsɛnkyerɛnneɛ pii. Sɛ yɛgyaa no saa a, nnipa nyinaa bɛgye no adi, na Romafoɔ aba abɛfa yɛn ha yi ne yɛn man. Na wɔn mu baako bi, Kaiafa a ɔdi sɔfo panin afe no mu no, see wɔn sɛ: Mo deɛ, monnim hwee, nanso monnwene sɛ ɛyɛ ma mo sɛ onipa baako bɛwu ama ɔman no, na ɔman no nyinaa ansɛe. Na yei deɛ, ɛmfiri ɔno ara ne tirim na ɔkaeɛ, na mmom sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panin saa afe no mu nti, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Yesu rebɛwu ama ɔman no, na ɛnyɛ ɔman no nko, na sɛ ɔbɛka Nyankopɔn mma a wɔapete no nyinaa nso abɔ mu ayɛ wɔn baako. Ɛnna ɛfiri da no ara wɔtutuu agyina wɔn mu sɛ wɔbɛku no. Enti Yesu anyi ne ho adi pefee annante Yudafoɔ no mu bio, na ɔfirii hɔ kɔɔ asase a ɛbɛn ɛserɛ soɔ, kuro bi a wɔfrɛ no Efraim mu, na ɔne n’asuafoɔ no tenaa hɔ. Na Yudafoɔ Twam no abɛn; na nnipa pii firii asase no so kɔɔ Yerusalem ansa na Twam no duruiɛ, sɛ wɔrekɔdwira wɔn ho. Ɛnna wɔhwehwɛɛ Yesu, na wɔgyinaa asɔrefie hɔ sesee wɔn ho sɛ: Ɛdeɛn na mosusuo? Sɛsɛɛ ɔremma afahyɛ yi ase anaa? Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ ahyɛ mmara nso sɛ, sɛ obi nim faako a ɔwɔ a, ɔmmɛkyerɛ, na wɔnkɔkye no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Afei, aka nnansia na Twam no aduru no, Yesu baa Betania, faako a Lasaro a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no wɔ. Ɛnna wɔtoo no pono wɔ hɔ, na Marta somee; na Lasaro deɛ, na ɔyɛ wɔn a wɔne no te adidiiɛ no mu baako. Ɛnna Maria faa ngo hwamhwam kronkron a ne boɔ yɛ den kariboɔ baako de bɛsraa Yesu nan ho, na ɔde ne tirinwi pepaa ne nan ho; na ngo no hwam yɛɛ ɛdan no mu ma. Ɛnna n’asuafoɔ no mu baako, Yuda Iskariot (a ɔrebɛyi no ama no), kaa sɛ: Adɛn nti na wɔantɔn ngo hwamhwam yi annye denare ahasa, na wɔamfa amma ahiafoɔ? Ɛnyɛ sɛ ɔdwene ahiafoɔ ho nti na ɔkaa yei, na mmom ɔyɛ owifoɔ, na ɔkura kotokuo no, na ɔwiawia deɛ wɔde gu mu ntira. Ɛnna Yesu kaa sɛ: Monnyaa no, na ɔde yei asie ama me sie da. Na ahiafoɔ deɛ, mowɔ wɔn mo nkyɛn daa; na me deɛ, monni me daa. Ɛnna Yudafoɔ no mu nkurɔfokuo pii tee sɛ ɔwɔ hɔ, na wɔbae, ɛnyɛ Yesu nko ara ntira, na mmom sɛ wɔbɛhunu Lasaro a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no nso ntira. Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no tuu agyina sɛ wɔbɛkum Lasaro nso, ɛfiri sɛ, ne nti na Yudafoɔ mu pii kɔeɛ, kɔgyee Yesu diiɛ. Adeɛ kyeeɛ no, nkurɔfokuo pii a wɔbaa afahyɛ no aseɛ tee sɛ Yesu reba Yerusalem no, wɔfefaa berɛ, na wɔfirii adi sɛ wɔrekɔhyia no, na wɔteateaa mu sɛ: Hosiana! Nhyira ne deɛ ɔreba Awurade din mu no, Israel hene no! Na Yesu hunuu afunumu ba bi no, ɔtenaa ne so, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Nsuro, Sion babaa; hwɛ, wo hene reba, ɔte afunumu ba so. Nso n’asuafoɔ no anhunu yeinom kane no; na Onyankopɔn hyɛɛ Yesu animuonyam akyiri no, ɛno na wɔkaee sɛ wɔatwerɛ yeinom ne ho, na wɔayɛ ama no. Ɛnna nkurɔfokuo a wɔne no wɔ hɔ berɛ a ɔfrɛɛ Lasaro firii adakamena mu na ɔnyanee no firii awufoɔ mu no dii adanseɛ. Yei nti nso na nkurɔfokuo no kɔhyiaa no, ɛfiri sɛ wɔate sɛ wayɛ saa nsɛnkyerɛnneɛ no. Ɛnna Farisifoɔ no kaa no wɔn mu sɛ: Mohunu sɛ montumi nyɛ ho hwee; hwɛ, wiase atu di n’akyi. Na Helafoɔ bi wɔ wɔn a wɔbaa sɛ wɔrebɛsɔre afahyɛ no ase no mu; ɛnna wɔbaa Filipo a ɔfiri Betsaida a ɛwɔ Galilea no nkyɛn, na wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: Owura, yɛpɛ sɛ yɛhunu Yesu. Filipo ba bɛka kyerɛɛ Andrea, na afei Andrea ne Filipo bɛka kyerɛɛ Yesu. Na Yesu buaa wɔn sɛ: Dɔn no aduru sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no animuonyam. Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, ayuo baako antɔ fam anwu a, ɛwɔ hɔ korɔ no ara; na sɛ ɛwu a, ɛso aba pii. Deɛ ɔdɔ ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa; na deɛ ɔtane ne kra wɔ wiase ha yi no, ɔbɛkora no akɔ daa nkwa mu. Sɛ obi som me a, ma no nni m’akyi, na faako a mewɔ no, ɛhɔ na me somfoɔ nso bɛba; na sɛ obi som me a, m’Agya bɛdi no ni. Afei me kra ho yera no; na ɛdeɛn na menka? Agya, gye me firi dɔn yi mu! Nanso yei nti na mebaa dɔn yi mu. Agya, hyɛ wo din animuonyam! Ɛnna ɛnne bi firi soro baeɛ: Mahyɛ no animuonyam dada, na mɛhyɛ no bio. Ɛnna nkurɔfokuo a wɔgyina hɔ na wɔteeɛ no kaa sɛ: Aprannaa abom! Ebinom se: Ɔbɔfoɔ ne no kasae. Yesu bua kaa sɛ: Ɛnyɛ me nti na ɛnne yi baeɛ, na mo ntira. Afei ne wiase atemmuo; afei na wɔbɛyi wiase sodifoɔ no hɔ. Na me deɛ, sɛ wɔma me so firi asase so a, mɛtwe nnipa nyinaa maba me nkyɛn. Yei deɛ, ɔka de kyerɛɛ owu ko a ɔrebɛwuo. Nkurɔfokuo no buaa no sɛ: Yɛn deɛ, yɛate no mmara no mu sɛ, Kristo no te hɔ daa; na adɛn na wose: Ɛtwa sɛ wɔma Onipa Ba no soɔ? Hwan ne Onipa Ba yi? Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Aka hann no berɛ tiaa bi wɔ mo mu. Mowɔ hann no yi, monnante, na esum ammɛto mo; na deɛ ɔnam sum mu no nnim faako a ɔrekorɔ. Mowɔ hann no yi, monnye hann no nni, na moayɛ hann no mma. Yesu kaa yeinom, na ɔfiri wɔn anim hɔ kɔhuntaeɛ. Na wayɛ saa nsɛnkyerɛnneɛ bebree wɔ wɔn anim deɛ, nanso wɔannye no anni, na Odiyifoɔ Yesaia asɛm a ɔkaeɛ no aba mu sɛ: Awurade, hwan na wagye yɛn kaseɛ adie, na hwan na wɔyii Awurade basa kyerɛɛ no? Yei nti na wɔantumi annye annie, sɛdeɛ Yesaia kaa bio sɛ: Wafira wɔn ani, na wapirim wɔn akoma, na wɔamfa wɔn ani anhunu, na wɔamfa wɔn akoma ante aseɛ, na wɔannane wɔn ho na mansa wɔn yadeɛ. Yesaia kaa yeinom, ɛfiri sɛ ɔhunuu n’animuonyam, na ne ho asɛm na ɔkaeɛ. Na mpanimfoɔ no mu pii nso gyee no diiɛ; nanso Farisifoɔ no nti wɔanka, na wɔantu wɔn amfiri hyiadan mu; ɛfiri sɛ na wɔpɛ nnipa animuonyam sene Nyankopɔn animuonyam. Na Yesu teaa mu sɛ: Deɛ ɔgye me die no, ɛnyɛ me na ɔgye me die, na ɛyɛ deɛ ɔsomaa me no; na deɛ ɔhu me no, hunu deɛ ɔsomaa me no. Maba wiase sɛ hann, na obiara a ɔgye me die no antena sum mu. Na sɛ obi te me nsɛm na wannye anni a, me deɛ, memmu no atɛn; na mamma sɛ merebɛbu wiase atɛn, na mebaa sɛ merebɛgye wiase. Deɛ ɔmmu me, na ɔnnye me nsɛm no wɔ deɛ ɔbu no atɛn; asɛm a maka no, ɛno ara na ɛbɛbu no atɛn ɛda a ɛdi akyire no mu, ɛfiri sɛ, me deɛ ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mekasaeɛ, na Agya a ɔsomaa me no na ɔhyɛɛ me deɛ menka ne sɛdeɛ menkasa. Na menim sɛ, n’ahyɛdeɛ no yɛ daa nkwa. Enti deɛ meka no, sɛdeɛ Agya no aka akyerɛ me no, saa ara na meka.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Twam afahyɛ no rebɛduru no, na Yesu nim sɛ ne dɔn aduru sɛ ɔrebɛfiri wiase akɔ Agya no nkyɛn, na sɛ ɔdɔɔ ɔno ara ne deɛ a wɔwɔ wiase no, ɔdɔɔ wɔn kɔsii awieeɛ. Na wɔrebɛdidie no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, akoma mu sɛ ɔnkɔyi no mma. Na Yesu nim sɛ Agya no de nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa, ɛne sɛ ɔfirii Nyankopɔn nkyɛn, na ɔrekɔ Nyankopɔn nkyɛn nti, ɔsɔre firii adidiiɛ, na ɔyii n’atadeɛ guu hɔ, na ɔfaa mpepaho de kyekyeree ne ho. Na afei ɔhwiee nsuo guu dwaresɛn mu, na ɔfirii aseɛ hohoroo asuafoɔ no nan ho, na ɔde mpepaho a ɔde kyekyeree ne ho no pepaa ho. Ɛnna ɔbɛduruu Simon Petro soɔ; na ɔno deɛ, ɔsee no sɛ: Awurade, wo na worehohoro me nan ho yi? Yesu bua see no sɛ: Deɛ mereyɛ yi, worente aseɛ seesei, na akyire yi na wobɛte aseɛ. Petro see no sɛ: Meremma wo nhohoro me nan ho da! Yesu buaa no sɛ: Sɛ manhohoro wo ho a, wonni m’afa. Simon Petro see no sɛ: Awurade, ɛnyɛ me nan ho nko, na me nsa ne me tirim nso bi. Yesu see no sɛ: Deɛ wadwareɛ no, ɛnhia no adwareɛ, gye ne nan ho hohorɔ, na ne ho nyinaa afi; na mo ho afi, na ɛnyɛ mo nyinaa. Na ɔnim deɛ ɔbɛyi no ama; yei nti na ɔkaa sɛ: Ɛnyɛ mo nyinaa na mo ho afire no. Ɛnna ɔwiee wɔn nan ho hohorɔ na ɔfaa n’atadeɛ na ɔtenaa ase bio no, ɔsee wɔn sɛ: Moahunu deɛ mayɛ mo yi? Mo deɛ, mofrɛ me Kyerɛkyerɛfoɔ ne Awurade, na moka nokorɛ, na meyɛ. Afei sɛ me, Awurade ne Kyerɛkyerɛfoɔ no, mahohoro mo nan ho a, na ɛsɛ sɛ mo nso mohohoro mo ho mo ho nan ho. Na mama mo nhwɛsoɔ sɛ, sɛdeɛ mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara. Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Akoa nsene ne wura, na ɔsomafoɔ nsene deɛ ɔsomaa no. Sɛ monim yeinom na moyɛ a, nhyira ne mo. Ɛnyɛ mo nyinaa ho asɛm na meka; me deɛ, menim wɔn a mayi wɔn. Na saa na ɛbɛyɛ na twerɛsɛm no aba mu sɛ: Deɛ ɔdi me paanoo no na wama ne nantin so atia me. Afei mese mo ansa na aba, na sɛ ɛnya ba a, moagye adi sɛ mene no. Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔgye obi a mesomaa no no, ɔgye me; na deɛ ɔgye me no gye deɛ ɔsomaa me no. Yesu kaa saa no, ne ho yeraa no honhom mu, na ɔdii adanseɛ sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mo mu baako bɛyi me ama. Ɛnna asuafoɔ no hwehwɛɛ wɔn ho anim, wɔnhunu onii korɔ a ɔne no. Na asuafoɔ no mu baako a Yesu dɔ no no twere Yesu koko mu; ɛnna Simon Petro bɔɔ n’ani kyerɛɛ no see no sɛ: Bisa no deɛ ɔreka ne ho asɛm no. Enti ɔpa tweree Yesu koko mu bisaa no sɛ: Awurade, ɛyɛ hwan a? Yesu buaa sɛ: Ɔno ne deɛ mede paanoo sini bɛbɔ mu mama no no. Na ɔde paanoo sini no bɔɔ mu maa Yuda, Simon Iskariot ba no. Na ɔgyee paanoo sini no akyiri no, ɛno na Satan hyɛnee ne mu. Ɛnna Yesu see no sɛ: Deɛ woreyɛ no, yɛ no ntɛm! Na yei deɛ, wɔn a wɔte adidiiɛ no mu biara anhunu deɛ enti a ɔkaa saa kyerɛɛ no. Na ebinom susu sɛ Yuda kura kotokuo no nti, Yesu reka akyerɛ no sɛ: Kɔtotɔ deɛ ɛhia yɛn sie afahyɛ no, anaasɛ ɔmfa biribi mma ahiafoɔ. Ɛnna ɔgyee paanoo sini no no, ntɛm ara na ɔfirii adie; na ɛyɛ anadwo. Ɛnna ɔfirii adie no, Yesu kaa sɛ: Afei wɔahyɛ Onipa Ba no animuonyam, na Onyankopɔn anya ne mu animuonyam. Sɛ Onyankopɔn anya ne mu animuonyam a, Onyankopɔn nso bɛhyɛ no animuonyam ɔno ara ne mu, na ɔbɛhyɛ no animuonyam ntɛm. Mma nkumaa, berɛ tiaa bi na aka a mene mo wɔ hɔ. Mobɛhwehwɛ me, na sɛdeɛ meka mekyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ: Faako a merekorɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ no, saa ara na afei mese mo nso. Ahyɛdeɛ foforɔ na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho! Sɛ mododɔ mo ho a, ɛnam yei so nnipa nyinaa bɛhunu sɛ moyɛ m’asuafoɔ. Simon Petro see no sɛ: Awurade, ɛhe na worekorɔ? Yesu buaa no sɛ: Faako a merekorɔ no, wontumi nni m’akyi seesei; na akyire yi na wobɛdi m’akyire. Petro see no sɛ: Awurade, ɛdeɛn nti na mentumi menni w’akyi seesei? Mede me nkwa bɛto hɔ ama wo. Yesu buaa no sɛ: Wode wo nkwa bɛto hɔ ama me anaa? Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mommma mo akoma nntutu! Monnye Onyankopɔn nni, na me nso, monnye me nni. Tenaberɛ pii wɔ m’Agya fie; sɛ ɛnte saa a, anka maka makyerɛ mo sɛ merekɔ makɔsiesie baabi mama mo? Na sɛ mekɔ na mekɔsiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ me ara me nkyɛn, na deɛ mewɔ no, mo nso moaba hɔ. Na faako a merekorɔ no, monim kwan no. Toma see no sɛ: Awurade, yɛnnim faako a worekorɔ, na ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛtumi ahunu kwan no? Yesu see no sɛ: Mene kwan no, nokorɛ no ne nkwa no; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so. Sɛ monim me a, anka moahunu m’Agya no nso; na ɛfiri nnɛ monim no, na moahu no. Filipo see no sɛ: Awurade, kyerɛ yɛn Agya no, na ɛno ara dɔɔso ma yɛn. Yesu see no sɛ: Me ne mo wɔ hɔ dadadada yi, monhunuu me anaa, Filipo? Deɛ wahu me no ahunu Agya no, na adɛn nti na wose: Kyerɛ yɛn Agya no? Wonnye nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu? Nsɛm a meka mekyerɛ mo no, ɛmfiri me ara me tirim na meka, na Agya a ɔte me mu no, na ɔyɛ ne nnwuma no. Monnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu; na sɛ ɛnte saa a, nnwuma no ara nti monnye nni! Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔgye me die no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛseɛ asene yeinom, ɛfiri sɛ me deɛ, merekɔ Agya no nkyɛn. Na biribiara a mobɛsrɛ no me din mu no, ɛno na mɛyɛ, na Agya no anya animuonyam, Ɔba no mu. Sɛ mobɛsrɛ biribi me din mu a, me deɛ, mɛyɛ. Sɛ modɔ me a, monni m’ahyɛdeɛ so! Na me deɛ, mɛbisa Agya no, na wama mo Okyigyinafoɔ foforɔ, na ɔne mo abɛtena daa, nokorɛ Honhom a wiase ntumi nnye no no, ɛfiri sɛ ɛnhu no, nanso ɛnnim no; na mo deɛ, monim no, ɛfiri sɛ ɔte mo nkyɛn, na ɔbɛtena mo mu. Merennya mo nnyanka, mɛba mo nkyɛn. Aka kakra na wiase nhu me bio; na mo deɛ, mohu me, ɛfiri sɛ mete ase, na mo nso mobɛtena ase. Da no ara mobɛhunu sɛ mewɔ m’Agya no mu, na mowɔ me mu, na mewɔ mo mu. Deɛ ɔwɔ m’ahyɛdeɛ na ɔdi soɔ no, ɔno ne deɛ ɔdɔ me; na deɛ ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no. Yuda (ɛnyɛ Iskariot no) see no sɛ: Awurade, ɛyɛɛ dɛn na worebɛyi wo ho akyerɛ yɛn, na ɛnyɛ wiase? Yesu bua see no sɛ: Sɛ obi dɔ me a, ɔbɛdi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn, na yɛabɛyɛ yɛn tenabea ne nkyɛn. Deɛ ɔnnɔ me no nni me nsɛm so; na asɛm a moteɛ no nyɛ me dea, na ɛyɛ Agya a ɔsomaa me no dea. Mewɔ mo nkyɛn yi, na mereka mo yeinom; na Okyigyinafoɔ a ɔno ne Honhom Kronkron a m’Agya bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛkyerɛ mo nnoɔma nyinaa, na ɔbɛkae mo deɛ maka akyerɛ mo no nyinaa. Asomdwoeɛ na mede megya mo, m’asomdwoeɛ na mede mema mo; ɛnyɛ sɛdeɛ wiase ma na mema mo. Mommma mo akoma nntutu, nso mommma no mmmɔ mo hu. Moate sɛ meka mekyerɛɛ mo sɛ: Merekɔ na maba mo nkyɛn. Sɛ modɔ me a, anka mo ani bɛgye sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, ɛfiri sɛ m’Agya no yɛ kɛseɛ sene me. Afei maka makyerɛ mo ansa na aba, na sɛ ɛnya ba a, moagye adi. Me ne mo renkasa pii bio; na wiase sodifoɔ no reba, na ɔnni tumi biara wɔ me so. Nanso meyɛ sɛdeɛ Agya no hyɛɛ me no, na wiase ahunu sɛ medɔ Agya no. Monsɔre mma yɛmfiri ha nkɔ!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mene nokorɛ bobe no, na m’Agya ne okuafoɔ no. Me ho ban biara a ɛnso aba no, ɔyi; na ebiara a ɛso aba no, ɔyiyi ho, na aso aba bebree. Asɛm a maka makyerɛ mo no nti, mo ho anya afi. Montena me mu, na me nso mentena mo mu: Sɛdeɛ ban ntumi mfiri ɔno ara mu nso aba gye sɛ ɛtena bobe no mu no, saa ara nso na montumi, gye sɛ motena me mu. Mene bobe no, mone mman no. Deɛ ɔtena me mu na me nso metena ne mu no, ɔno ara na ɔso aba pii; na mokwati me a, montumi nyɛ hwee. Sɛ obi antena me mu a, wɔto no twene sɛ ban, na ɛwu; na wɔboaboa ano de kɔgu gya mu, na ɛhye. Sɛ motena me mu, na me nsɛm tena mo mu a, mobɛsrɛ biribiara a mopɛ, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo. Yei mu na wɔahyɛ m’Agya animuonyam, sɛ moso aba pii; ɛno na mobɛyɛ m’asuafoɔ. Sɛdeɛ Agya no adɔ me no, na me nso madɔ mo; montena me dɔ mu! Sɛ modi m’ahyɛdeɛ so a, mobɛtena me dɔ mu, sɛdeɛ madi m’Agya ahyɛdeɛ soɔ na mete ne dɔ mu no. Maka yeinom nyinaa makyerɛ mo, na m’anigyeɛ atena mo mu, na mo anigyeɛ awie pɛyɛ. Yei ne m’ahyɛdeɛ, sɛ monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔɔ mo no. Obi nni dɔ kɛseɛ a ɛsene yei, sɛ obi de ne nkwa bɛto hɔ ama ne nnamfo. Sɛ moyɛ deɛ mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo. Memfrɛ mo nkoa bio, ɛfiri sɛ akoa nnim deɛ ne wura reyɛ; na mafrɛ mo nnamfo, ɛfiri sɛ nnoɔma a mate no m’Agya nkyɛn nyinaa maka makyerɛ mo. Ɛnyɛ mo na moayi me, na me na mayi mo, na mede mo masi hɔ sɛ monkɔ, na monkɔso aba, na mo aba no ntena hɔ, na biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde ama mo. Yei na mehyɛ mo, sɛ monnodɔ mo ho. Sɛ wiase tane mo a, monhunu sɛ watane me kane ansa na ɛretane mo. Sɛ mofiri wiase a, anka wiase bɛdɔ ɔno ara ne deɛ; na sɛ momfiri wiase na mayi mo afiri wiase yi, yei nti na wiase tane mo. Monkae asɛm a meka mekyerɛɛ mo sɛ: Akoa nsene ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso; sɛ wɔadi m’asɛm so a, wɔbɛdi mo deɛ so bi. Na yeinom nyinaa, me din nti na wɔde bɛyɛ mo, ɛfiri sɛ wɔnnim deɛ ɔsomaa me no. Sɛ mamma mammɛka mankyerɛ wɔn a, anka wɔnni bɔne; na afei deɛ, wɔnni wɔn bɔne ho anoyie. Deɛ ɔtane me no tane m’Agya no nso. Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ da wɔ wɔn mu a, anka wɔnni bɔne; na afei deɛ, wɔahunu, nanso wɔatane me ne m’Agya. Na ɛyɛɛ hɔ, na asɛm a wɔatwerɛ no wɔn mmara mu no aba mu sɛ: Wɔtane me kwa. Na Okyigyinafoɔ a mɛsoma no mabrɛ mo afiri Agya no nkyɛn, nokorɛ Honhom a ɔfiri Agya no nkyɛn reba no, sɛ ɔnya ba a, ɔno na ɔbɛdi me ho adanseɛ; na mo nso mobɛdi adanseɛ, ɛfiri sɛ moka me ho firi mfitiaseɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yeinom na maka makyerɛ mo na moansunti. Wɔbɛtu mo afiri hyia adan mu; mpo ɛberɛ reba a obiara a ɔbɛkum mo bɛsusu sɛ ɔde resom Onyankopɔn. Na wɔbɛyɛ yeinom, ɛfiri sɛ wɔnnya nhunuu Agya no ne me. Na maka yeinom makyerɛ mo, na sɛ ɛberɛ no duru a, moakae sɛ maka makyerɛ mo. Na manka mo yeinom mamfiri mfitiaseɛ, ɛfiri sɛ me ne mo na na ɛwɔ hɔ. Na afei deɛ, merekɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn, na mo mu biara mmisa me sɛ: Ɛhe na worekorɔ? Na sɛ maka yeinom makyerɛ mo nti, awerɛhoɔ ahyɛ mo akoma ma. Na meka mo nokorɛ; ɛyɛ ma mo sɛ mekorɔ. Na sɛ mankɔ a, Okyigyinafoɔ no remma mo nkyɛn, na sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn. Na ɔno deɛ, sɛ ɔba a, ɔbɛyi wiase atɛn bɔne ne tenenee ne atemmuo ho. Bɔne ho, ɛfiri sɛ wɔnnye me nni; ne tenenee ho, ɛfiri sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, na monhu me bio; ne atemmuo ho, ɛfiri sɛ wɔabu wiase sodifoɔ no atɛn. Mewɔ nsɛm pii meka mekyerɛ mo, nanso montumi nsoa seesei. Na sɛ ɔno, nokorɛ Honhom no, nya ba a, ɔbɛkyerɛ mo kwan akɔ nokorɛ no nyinaa mu. Na ɛmfiri ɔno ara ne mu na ɔbɛkasa, na biribiara a ɔbɛteɛ no, ɔbɛka, na ɔbɛkyerɛ mo nnoɔma a ɛreba. Ɔno na ɔbɛhyɛ me animuonyam; ɛfiri sɛ, ɔbɛfa me deɛ bi na ɔde abɛkyerɛ mo. Nnoɔma a m’Agya wɔ nyinaa yɛ me dea; yei nti na mekaa sɛ: Ɔbɛfa me deɛ bi na ɔde abɛkyerɛ mo. Aka kakraa bi na monhu me; na bio aka kakraa bi mobɛhu me. Ɛnna n’asuafoɔ no mu binom kekaa no wɔn mu sɛ: Ɛdeɛn na ɔse yɛn yi sɛ: Aka kakraa bi na monhu me, na bio aka kakraa bi mobɛhu me, ne sɛ: Merekɔ Agya no nkyɛn yi? Ɛnna asuafoɔ no se: Ɛdeɛn ne deɛ ɔka yi sɛ: Aka kakraa bi? Yɛnte deɛ ɔreka yi ase. Ɛnna Yesu hunuu sɛ wɔrepɛ abisa no, na ɔsee wɔn sɛ: Yei ho na mobisabisa wɔ mo mu sɛ mekaa sɛ: Aka kakraa bi na monhu me, na bio aka kakraa bi mobɛhu me. Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mobɛsu na moatwa adwo, na wiasefoɔ ani bɛgye; na mo deɛ, mo werɛ bɛho, nanso mo awerɛhoɔ no bɛdane anigyeɛ. Ɔbaa, sɛ ɔrewo a, ɔte yea, ɛfiri sɛ ne dɔn adu; na sɛ ɔnya wo ɔba no a, ɔnkae ahohia no bio, anigyeɛ a wanya sɛ wɔawo ɔba aba wiase no nti. Na mo nso, seesei deɛ, mowɔ awerɛhoɔ; na mɛhu mo bio, na mo akoma bɛtɔ mo yam, na mo anigyeɛ no, obi rennye mo nsam; na da no moremmisa me biribiara. Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde bɛma mo. Ɛde bɛduru sɛsɛɛ deɛ, monsrɛɛ biribi me din mu; monsrɛ, na mobɛnya, na mo anigyeɛ awie pɛyɛ. Yeinom na maka mo mmebuo mu; na berɛ no reba a merenkasa menkyerɛ mo mmebuo mu bio, na mɛka Agya no ho asɛm makyerɛ mo pefee. Da no na mobɛsrɛ wɔ me din mu, na menka menkyerɛ mo sɛ mɛbisa Agya no mama mo, na Agya no ara dɔ mo, ɛfiri sɛ modɔ me, na moagye adi sɛ mefiri Agya no nkyɛn na mebaeɛ. Mefiri Agya no nkyɛn na mebaa wiase; na bio, merefiri wiase na makɔ Agya no nkyɛn. N’asuafoɔ no see no sɛ: Hwɛ, afei deɛ, wokasa pefee, na wommu bɛ biara. Afei yɛahunu sɛ wonim nnoɔma nyinaa, na ɛnhia wo sɛ obi bisa woɔ; yei mu na yɛgye di sɛ wofiri Nyankopɔn nkyɛn na ɛbaeɛ. Yesu bisaa wɔn sɛ: Afei deɛ, mogye di anaa? Hwɛ, dɔn no reba, na anya adu sɛ mo nyinaa bɛhwete akɔ mo nkuro mu, na moagya me nko; nanso ɛnkaa me nko, ɛfiri sɛ Agya no ka me ho. Yeinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoeɛ. Mo ho bɛhiahia mo wiase deɛ, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yeinom na Yesu kaeɛ, na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ soro, na ɔkaa sɛ: Agya, dɔn no adu. Hyɛ wo Ba animuonyam, na Ɔba no nso ahyɛ wo animuonyam, sɛdeɛ womaa no honam nyinaa so tumi, sɛ adeɛ biara a wɔde ama no no, ɔmma wɔn daa nkwa. Na yei ne daa nkwa, sɛ wɔbɛhu wo, nokorɛ Nyankopɔn koro no, ne deɛ wosomaa no no, Yesu Kristo no. Me deɛ, mahyɛ wo animuonyam asase so; mawie adwuma a wode maa me sɛ menyɛ no. Na afei, Agya, fa animuonyam a mewɔ no wo nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no hyɛ me wo ara wo nkyɛn! Mayi wo din adi makyerɛ nnipa a wode wɔn firi wiase ama me no. Wɔyɛ wo dea, na wode wɔn ama me; na wɔadi w’asɛm so. Afei wɔahunu sɛ nnoɔma a wode ama me no nyinaa firi wo nkyɛn; ɛfiri sɛ nsɛm a wode ama me no, mede mama wɔn; na wɔn nso wɔagye, na wɔahunu ampa sɛ, mefiri wo nkyɛn na mebaeɛ, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me. Me deɛ, meresrɛ mama wɔn; mensrɛ memma wiase, na mmom wɔn a wode wɔn ama me no, ɛfiri sɛ wɔyɛ wo dea. Na m’adeɛ nyinaa yɛ wo dea; na wo deɛ nso yɛ me dea; na manya animuonyam wɔn mu. Na afei menni wiase bio, — na yeinom na ɛwɔ wiase, na me deɛ, mereba wo nkyɛn. Agya Kronkron, wɔn a wode wɔn ama me no, fa wɔn sie wo din mu, na wɔayɛ baako sɛ yɛn. Mewɔ wɔn nkyɛn no, mede wɔn mesiee wo din mu, wɔn a wode wɔn ama me no; mawɛn wɔn, na wɔn mu bi nyerae, gye ɔyera ba no, — na twerɛsɛm no aba mu. Na afei na mereba wo nkyɛn, na meka yeinom wiase, na wɔanya m’anigyeɛ ama awie pɛyɛ wɔ wɔn mu. Mede w’asɛm mama wɔn; na wiase atane wɔn, ɛfiri sɛ wɔmfiri wiase, sɛdeɛ me nso memfiri wiase no. Mensrɛ sɛ: Yi wɔn firi wiase, na mmom sɛ: Bɔ wɔn ho ban firi ɔbɔnefoɔ no ho. Wɔmfiri wiase, sɛdeɛ me nso memfiri wiase no. Yɛ wɔn kronkron wɔ nokorɛ mu; w’asɛm yɛ nokorɛ. Sɛdeɛ wosomaa me wiase no, saa ara na me nso meresoma wɔn wiase. Na meyɛ me ho kronkron mema wɔn, na wɔn nso ayɛ kronkron nokorɛ mu. Na ɛnyɛ yeinom nkutoo nti na mesrɛ, na mmom wɔn a wɔnam wɔn asɛm so bɛgye me adie nso nti, sɛ wɔn nyinaa nyɛ baako, sɛdeɛ wo, Agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu; sɛ wɔn nso nyɛ baako wɔ yɛn mu, na wiase nnye nni sɛ wo na wosomaa me. Na mede animuonyam a wode ama me no mama wɔn, sɛ wɔnyɛ baako, sɛdeɛ yɛyɛ baako no. Mewɔ wɔn mu, na wowɔ me mu, na wɔawie pɛyɛ baakoyɛ mu, na wiase ahunu sɛ, wo na wosomaa me, na wodɔ wɔn sɛdeɛ wodɔ me no. Agya, wɔn a wɔde wɔn ama me no, mepɛ sɛ faako a mewɔ no, wɔn nso mmɛka me ho, na wɔnhunu m’animuonyam a womaa me no, ɛfiri sɛ wodɔ me ansa na wɔhyɛɛ wiase ase. Agya Tenenee, wiase anhu wo, na me deɛ, mahu wo, na yeinom ahunu sɛ wo na wosomaa me; na mayi wo din makyerɛ wɔn, na mɛyi makyerɛ. Na ɔdɔ a wode dɔ me no atena wɔn mu, na matena wɔn mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yesu kaa yeinom no, ɔne n’asuafoɔ no firii adi kɔtwaa Asuo Kidron faako a turo bi wɔ, na ɔne n’asuafoɔ no kɔɔ mu. Na Yuda nso a ɔyii no maeɛ no nim hɔ, ɛfiri sɛ na Yesu ne n’asuafoɔ no taa kɔhyia hɔ. Ɛnna Yuda de asraafokuo ne asomfoɔ a wɔfiri asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no nkyɛn baa hɔ; wɔkurakura ntɛnee, nkanea ne akodeɛ. Ɛnna Yesu a ɔnim deɛ ɛreba ne so nyinaa no firii adie, na ɔsee wɔn sɛ: Morehwehwɛ hwan? Wɔbuaa no sɛ: Yesu, Nasareni no. Yesu see wɔn sɛ: Meni! Nso Yuda a ɔyii no maeɛ no nso ne wɔn na ɛgyina hɔ. Ɛnna ɔsee wɔn sɛ: Meni! no, wɔpimpinii akyire, na wɔhwehwee ase. Ɛnna ɔbisaa wɔn bio sɛ: Morehwehwɛ hwan? Na wɔse: Yesu, Nasareni no. Yesu buaa sɛ: Maka makyerɛ mo sɛ meni; enti sɛ me na morehwehwɛ me a, momma yeinom nkɔ! Sɛ asɛm a ɔkaa sɛ: Wɔn a wode wɔn ama me no, mamma wɔn mu biara anyera, no mmra mu. Ɛnna Simon Petro a ɔkura nkrantɛ no tweeɛ, na ɔde bɔɔ ɔsɔfo panin no akoa, na ɔtwaa n’aso nifa; na akoa no din de Malko. Ɛnna Yesu see Petro sɛ: Fa nkrantɛ no hyɛ bɔha mu! Kuruwa a m’Agya de ama me no, mennnom anaa? Ɛnna asraafokuo no ne wɔn safohene ne Yudafoɔ asomfoɔ no sɔɔ Yesu mu, na wɔkyekyeree no, na wɔde no kɔɔ Hana nkyɛn kane; na Kaiafa a ɔdi afe no mu sɔfo panin ase ne no. Nso Kaiafa no ne deɛ ɔtuu Yudafoɔ no fo sɛ: Ɛyɛ sɛ onipa baako bɛwu ama ɔman no. Na Simon Petro ne osuani baako bi dii Yesu akyi; nso ɔsɔfo panin no nim osuani no, na ɔne Yesu hyɛnee ɔsɔfo panin no aban mu hɔ. Na Petro deɛ, ɔgyinaa mfikyire pono no ano. Ɛnna osuani baako a ɔsɔfo panin no nim no no firii adi bɛka kyerɛɛ ɔbaa a ɔhwɛ pono no ano no, na ɔde Petro baa mu. Ɛnna abaawa a ɔhwɛ pono no ano no see Petro sɛ: Wo nso womfiri onipa yi asuafoɔ mu bi anaa? Petro buaa sɛ: Dabi. Nso na nkoa ne asomfoɔ no gyinagyina hɔ asɔ gya, ɛfiri sɛ awɔ aba, na wɔretoɔ; na Petro nso ne wɔn gyina hɔ na ɔreto bie. Ɛnna ɔsɔfo panin no bisaa Yesu n’asuafoɔ ne ne nkyerɛkyerɛ ho asɛm. Yesu buaa no sɛ: Me deɛ, mekasaa pefee mekyerɛɛ wiase; daa mekyerɛkyerɛɛ hyia adan mu ne asɔrefie, faako a Yudafoɔ nyinaa hyia, na kokoam deɛ menkaa hwee. Adɛn na wobisa me? Bisa wɔn a wɔteeɛ no, ne deɛ mesee wɔn; hwɛ, wɔn na wɔnim deɛ mekaeɛ. Na ɔkaa saa no, asomfoɔ no mu baako a ɔgyina hɔ no bɔɔ Yesu sotorɔ kaa sɛ: Sɛdeɛ wobua ɔsɔfo panin nie? Yesu buaa no sɛ: Sɛ maka no bɔne a, di bɔne no ho adanseɛ; na sɛ ɛyɛ a, adɛn nti na wobɔɔ me? Hana maa wɔde homa kyekyeree no kɔmaa Ɔsɔfopanin Kaiafa. Na Simon Petro gyina hɔ reto gya. Ɛnna wɔsee no sɛ: Wo nso, womfiri n’asuafoɔ no mu anaa? Ɔsanee sɛ: Dabi! Ɔsɔfo panin no nkoa no mu baako a ɔyɛ deɛ Petro twaa n’aso no busuani kaa sɛ: Manhu wo ne no turom hɔ? Ɛnna Petro sanee bio, na ntɛm ara akokɔ bɔnee. Ɛnna wɔde Yesu firi Kaiafa nkyɛn kɔɔ amrado aban mu; na ɛyɛ anɔpatutu. Na wɔn ara deɛ, wɔanhyɛne amrado aban no mu, na efi anka wɔn, na wɔadi Twam (aduane) no. Ɛnna Pilato firii adi baa wɔn nkyɛn, na ɔbisaa sɛ: Kwaadu bɛn na mobɔ tia saa onipa yi? Wɔbua see no sɛ: Sɛ oyi nyɛ ɔdebɔneyɛni a, anka yɛamfa no ammrɛ wo. Ɛnna Pilato see wɔn sɛ: Mo ara momfa no, na monkɔbu no atɛn sɛdeɛ mo mmara teɛ. Ɛnna Yudafoɔ no see no sɛ: Yɛn deɛ, yɛnni ho kwan sɛ yɛkum obiara. (Ɛbaa saa no, na Yesu asɛm a ɔka de kyerɛɛ owu korɔ a ɔrebɛwuo no aba mu.) Ɛnna Pilato hyɛnee amrado aban no mu bio, na ɔfrɛɛ Yesu bisaa no sɛ: Wone Yudafoɔ hene no anaa? Yesu buaa no sɛ: Ɛfiri wo ara wo tirim na woka yei, anaasɛ nnipa bi na ɛkaa me ho asɛm kyerɛɛ woɔ? Pilato buaa no sɛ: Meyɛ Yudani anaa? Wo ara wo manfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no na wɔde wo brɛɛ me; ɛdeɛn na woyɛeɛ? Yesu buaa sɛ: M’ahennie mfiri wiase. Sɛ m’ahennie firi wiase a, anka m’asomfoɔ bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafoɔ no nsa; nanso m’ahennie mfiri ha. Ɛnna Pilato see no sɛ: Na woyɛ ɔhene ne no? Yesu buaa sɛ: Wo na woreka sɛ meyɛ ɔhene. Me deɛ, yei nti na wɔwoo me, na mebaa wiase, sɛ merebɛdi nokorɛ no ho adanseɛ; obiara a ɔfiri nokorɛ no mu no tie me nne. Pilato see no sɛ: Ɛdeɛn ne nokorɛ? Na ɔkaa yei no, ɔfirii adi kɔɔ Yudafoɔ no nkyɛn bio na ɔsee wɔn sɛ: Me deɛ, menhunu ne mu afobusɛm biara. Nso mowɔ amanneɛ sɛ megyaa ɔbaako mema mo Twam da mu; enti mopɛ sɛ megyaa Yudafoɔ hene no mema mo anaa? Ɛnna wɔn nyinaa teaa mu bio sɛ: Ɛnyɛ oyi, na mmom Baraba! Nso Baraba yɛ odwotwafoɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna afei Pilato faa Yesu, na ɔkaa no mpire. Na asraafoɔ no nwonoo nkasɛɛ abotire, na wɔde hyɛɛ ne ti, na wɔde ntoma kɔkɔɔ bi guguu ne so, na wɔkɔɔ so ara baa ne nkyɛn kaa sɛ: Yudafoɔ hene, mo oo! Na wɔbobɔɔ no asotorɔ. Ɛnna Pilato firii adi baa bio, na ɔsee wɔn sɛ: Hwɛ, mede no rebrɛ mo, na moahunu sɛ menhunu ne mu afobusɛm biara. Ɛnna Yesu firii adi baeɛ, na ɔbɔ nkasɛɛ abotire, hyɛ atadeɛ kɔkɔɔ no. Na ɔsee wɔn sɛ: Hwɛ, onipa no nie! Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asomfoɔ no hunuu no no, wɔteateaa mu sɛ: Bɔ no asɛnnua mu! Bɔ no asɛnnua mu! Pilato see wɔn sɛ: Mo ara momfa no nkɔbɔ no asɛnnua mu! Na me deɛ, menhunu ne mu afobusɛm biara. Yudafoɔ no buaa no sɛ: Yɛn deɛ, yɛwɔ mmara, na yɛn mmara no nti ɛtwa sɛ ɔwuo, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ ne ho Nyankopɔn ba. Ɛnna Pilato tee asɛm yi no, ɔsuroo pii, na ɔhyɛnee amrado aban no mu bio, na ɔbisaa Yesu sɛ: Wofiri he? Na Yesu ammua no. Ɛnna Pilato see no sɛ: Wo ne me nkasa? Wonnim sɛ mewɔ tumi sɛ megyaa woɔ, na mewɔ tumi sɛ mebɔ wo asɛnnua mu anaa? Yesu buaa sɛ: Sɛ wɔamfa amma wo amfiri soro a, anka wonni me so tumi biara; yei nti deɛ ɔyii me maa woɔ no na ne bɔne so. Ɛfiri hɔ no, Pilato hwehwɛɛ sɛ ɔgyaa no; na Yudafoɔ no teaa mu sɛ: Sɛ wogyaa oyi a, wonyɛ Kaesare adamfo; obiara a ɔyɛ ne ho hene no tia Kaesare. Na Pilato tee saa asɛm no, ɔde Yesu firii adi, na ɔbɛtenaa atemmuo adwa so baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Abo-sɛeɛ, na Hebri mu wɔfrɛ no Gabata. Na ɛyɛ Twam ho nsiesie da, na ɛbɛyɛ awia dummienu. Na ɔsee Yudafoɔ no sɛ: Hwɛ, mo hene nie! Na wɔteaa mu sɛ: Fa no kɔ! Fa no kɔ! Bɔ no asɛnnua mu! Pilato see wɔn sɛ: Memmɔ mo hene asɛnnua mu anaa? Asɔfoɔ mpanimfoɔ no buaa sɛ: Yɛnni ɔhene bi sɛ Kaesare. Ɛno na afei ɔyii no maa wɔn hyɛɛ sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu. Na wɔfaa Yesu de no kɔeɛ. Na ɔso n’asɛnnua firii adi kɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraabea a Hebri mu wɔfrɛ no Golgota. Ɛhɔ na wɔbɔɔ no asɛnnua mu, a nnipa baanu ka ne ho n’afanu, na Yesu wɔ wɔn ntam. Na Pilato twerɛɛ ɛho asɛm nso, na ɔde famm asɛnnua no atifi, na ɛka sɛ: Yesu, Nasareni, Yudafoɔ hene. Saa atwerɛ yi na Yudafoɔ no mu pii kenkaneeɛ, ɛfiri sɛ, faako a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu hɔ bɛn kuro no; na wɔatwerɛ no Hebri ne Roma ne Hela kasa mu. Na Yudafoɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no see Pilato sɛ: Ntwerɛ sɛ: Yudafoɔ hene, na twerɛ sɛ: Ɔno na ɔkaa sɛ: Mene Yudafoɔ hene. Pilato buaa sɛ: Deɛ matwerɛ no, matwerɛ. Na asraafoɔ no bɔɔ Yesu asɛnnua mu no, wɔfaa ne ntoma, na wɔkyɛɛ mu nnan maa ɔsraani baako nyaa baako, ne n’atadeɛ. Nso atadeɛ nhyɛaseɛ no nni mpameeɛ, wɔnwono firi soro bɛsii fam. Ɛnna wɔsesee wɔn ho sɛ: Mommma yɛnnsusuane mu, na momma yɛntwe so ntonto nhunu deɛ ɛbɛyɛ ne dea. Na twerɛsɛm a ɛse: Wɔkyɛɛ me ntoma mu faeɛ, na m’atadeɛ so na wɔtwee ntonto, no baa mu. Enti asraafoɔ no na ɛyɛɛ yeinom. Nso na Yesu ne na ne ne na nuabaa, Maria, Klopa yere ne Maria Magdalene gyina Yesu asɛnnua no ho. Na Yesu hunuu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ ɔgyina hɔ no, ɔsee ne na sɛ: Ɔbaa, hwɛ, wo ba ni! Afei ɔsee osuani no sɛ: Hwɛ, wo na nie! Na ɛfiri dɔn no ara mu no, osuani no de no kɔɔ ɔno ara ne fie. Yei akyiri a Yesu hunuu sɛ wɔanya awie nnoɔma nyinaa no, (sɛdeɛ ɛbɛyɛ na twerɛsɛm no aba mu nti), ɔkaa sɛ: Osukɔm de me. Nso na nsa kekakeka adeɛ bi ma si hɔ, na wɔde nsa no bi hyɛɛ sapɔ ma, na wɔde tuaa sommɛ ano de kaa n’ano. Ɛnna Yesu gyee nsa kekakeka no, ɔkaa sɛ: Mawie! Na ɔbɔɔ ne tiri ase na ɔgyae ne honhom mu. Nso na da no yɛ Ahosiesie da, na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na amu no renka asɛnnua no so homeda, ɛfiri sɛ, na saa homeda no yɛ da kɛseɛ nti, Yudafoɔ no bɛsrɛɛ Pilato sɛ wɔnkɔbubu wɔn nnyawa na wɔnyi wɔn. Ɛnna asraafoɔ no ba bɛbubuu deɛ ɔdi kan no nnyawa ne deɛ ɔka ho a wɔbɔɔ wɔn ne Yesu asɛnnua mu no deɛ. Na wɔduruu Yesu soɔ na wɔhunuu sɛ wawu dada no, wɔammubu ne nnyawa. Na asraafoɔ no mu baako de pea wɔɔ ne mfe mu, na ntɛm ara na mogya ne nsuo firii mu baeɛ. Na deɛ ɔhunuiɛ no adi adanseɛ, — na n’adanseɛ no yɛ nokorɛ, na ɔno deɛ, ɔnim sɛ ɔka nokorɛ, — na mo nso moagye adi. Na wɔyɛɛ yeinom na twerɛsɛm a ɛse: Wɔmmmu ne dompe bi, no aba mu. Na bio twerɛsɛm foforɔ se: Wɔbɛhwɛ deɛ wɔwɔɔ no (pea) no. Na yeinom akyiri no, Yosef a ɔfiri Arimatea a ɔyɛ Yesu suani, na Yudafoɔ ho hu nti, ɔyɛɛ no kokoam no, bɛsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma no nyi Yesu amu no; na Pilato maa no ɛho kwan. Na ɔba bɛyii n’amu no. Na Nikodemo nso a da bi ɔbaa Yesu nkyɛn anadwoɔ no bae, na ɔde korɔbɔ ne pɛprɛ mfrafraeɛ bɛyɛ nkariboɔ ɔha bae. Ɛnna wɔfaa Yesu amu no, na wɔde nwera ne nnuro kyekyeree ne ho, sɛdeɛ Yudafoɔ amusie teɛ no. Nso faako a wɔbɔɔ no asɛnnua mu hɔ no, turo bi wɔ hɔ, na turo no mu na ɔboda foforɔ bi a wɔmfaa onipa ntoo mu da wɔ; na ɛhɔ na Yudafoɔ Ahosiesie da no nti, wɔde Yesu kɔtoeɛ, ɛfiri sɛ ɔboda no na ɛbɛn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na da a ɛdi nnawɔtwe kan anɔpatutuutu a esum da so wɔ mu no, Maria Magdalene baa ɔboda no ho, na ɔbɛhunuu sɛ wɔayi ɔboɔ no afiri ɛda no ano. Ɛnna ɔtuu mmirika baa Simon Petro ne osuani baako a Yesu dɔ no no nkyɛn, na ɔsee wɔn sɛ: Wɔayi Awurade afiri ɛda no mu, na yɛnnim faako a wɔde no akɔtoɔ. Ɛnna Petro ne osuani baako no firii adi baa ɛda no ho. Na wɔn baanu nyinaa tutuu mmirika, na osuani baako no yɛɛ ntɛm siane Petro ho, na ɔkɔduruu ɛda no ho kane. Na ɔbrɛɛ ne mu ase hwɛɛ mu no, n’ani bɔɔ nwera no so sɛ ɛgu hɔ deɛ, nanso wankɔ mu. Ɛnna Simon Petro dii n’akyiri baeɛ, na ɔkɔɔ ɛda no mu, na ɔhwɛɛ nwera a ɛgu hɔ no ne duku a wɔde bɔɔ ne tire nanso sɛ ɛngu nwera no ho, na mmom wɔabobɔ ɛno nkutoo da baabi no. Ɛno na afei osuani baako a ɔduruu ɛda no ho kane no nso hyɛnee mu, na ɔhunui, na ɔgye dii. Na na wɔnnya nhunuu twerɛsɛm no, sɛ ɛtwa sɛ ɔsɔre firi awufoɔ mu no. Ɛnna asuafoɔ no sane baa wɔn fie bio. Na Maria deɛ, na ɔgyina ɔboda no ho resu. Ɛnna ɔresu no, ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ ɛda no mu, na ɔhunuu abɔfoɔ a wɔhyɛ ntadeɛ fitaa sɛ wɔtete hɔ, ɔbaako te atifi, na ɔbaako te anafoɔ, faako a Yesu amu daeɛ hɔ. Na wɔbisaa no sɛ: Ɔbaa, adɛn na woresu? Ɔsee wɔn sɛ: Ɛfiri sɛ wɔafa me wura kɔ, na mennim faako a wɔde no akɔtoɔ. Na ɔkaa saa no, ɔdanee ne ho hwɛɛ n’akyi, na ɔhunuu Yesu sɛ ɔgyina hɔ, na na ɔnnim sɛ ɛyɛ Yesu. Yesu see no sɛ: Ɔbaa, adɛn na woresu? Worehwehwɛ hwan? Na ɔno deɛ, ɔsusuu sɛ ɛyɛ turom hɔ hwɛfoɔ nti, ɔsee no sɛ: Owura, sɛ woafa no afiri ha a, kyerɛ me faako a wode no akɔtoɔ, na menkɔfa no! Yesu see no sɛ: Maria! Na ɔdanee ne ho see no Hebri kasa mu sɛ: Raboni! (aseɛ ne sɛ: Ɔkyerɛkyerɛfoɔ). Yesu see no sɛ: Mfa wo nsa nka me, na mennya menkɔɔ ɔsoro, m’Agya nkyɛn. Na kɔ me nuanom nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ merebɛkɔ ɔsoro, m’Agya ne mo Agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn nkyɛn. Na Maria Magdalene ba bɛka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ: Mahunu Awurade; ne nsɛm a ɔka kyerɛɛ no no nyinaa. Ɛnna da a ɛdi nnawɔtwe kan no ara, ɛduruu anwummerɛ na Yudafoɔ ho hu nti wɔatoto apono mu faako a asuafoɔ no ahyia hɔ no, Yesu ba bɛgyinaa wɔn mfimfini, na ɔsee wɔn sɛ: Asomdwoeɛ nka mo! Na ɔkaa saa no, ɔde ne nsa ne ne mfe mu kyerɛɛ wɔn. Na asuafoɔ no hunuu Awurade no, wɔn ani gyeeɛ. Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Asomdwoeɛ nka mo! Sɛdeɛ Agya no asoma me no, me nso mesoma mo. Na ɔkaa saa no, ɔhome guu wɔn so, na ɔsee wɔn sɛ: Monnye Honhom Kronkron! Wɔn a mode wɔn bɔne kyɛ wɔn no, wɔde akyɛ wɔn; na wɔn a momma wɔn bɔne tena hɔ no, wɔama no atena hɔ. Na Toma, dummienu no mu baako a wɔfrɛ no Ata no, nni wɔn mu na Yesu baeɛ. Ɛnna asuafoɔ no see no sɛ: Yɛahunu Awurade. Na Toma ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ manhunu ne nsam nnadewa no ananmu, na mamfa me nsateaa manka nnadewa no ananmu a, merennye menni. Na ɛno akyiri nnawɔtwe, na n’asuafoɔ no wɔ ɛdan mu bio, na Toma ka wɔn ho. Na Yesu bae, nso na apono no mu atoto, na ɔbɛgyinaa wɔn mfimfini, na ɔkaa sɛ: Asomdwoeɛ nka mo! Ɛnna afei ɔsee Toma sɛ: Fa wo nsateaa bra ha na bɛhwɛ me nsamu, na fa wo nsa bɛka me mfe mu, na nyɛ okyinnyegyefoɔ, na gye di! Toma bua see no sɛ: M’Awurade ne me Nyankopɔn! Yesu see no sɛ: Toma, sɛ woahu me nti na woagye adie. Nhyira ne wɔn a wɔnhunuiɛ, na wɔgye die. Na afei, nsɛnkyerɛnneɛ pii nso wɔ hɔ a Yesu yɛɛ no asuafoɔ no anim a wɔantwerɛ no nwoma yi mu. Na yeinom na wɔatwerɛ sɛ monnye nni sɛ Yesu ne Kristo no, Nyankopɔn Ba, na mogye di a, moanya nkwa ne din mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yeinom akyiri no, Yesu yii ne ho kyerɛɛ n’asuafoɔ no bio Tiberia po ho. Na sɛdeɛ ɔyii ne ho kyerɛeɛ nie: Na Simon Petro ne Toma a wɔfrɛ no Ata ne Natanael a ɔfiri Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne n’asuafoɔ no mu baanu nso wɔ hɔ. Simon Petro see wɔn sɛ: Merekɔ po. Wɔsee no sɛ: Yɛn nso, yɛne wo bɛkɔ. Wɔfirii adi kɔɔ kodoɔ mu, na anadwo no, wɔannyi hwee. Na adeɛ reyɛ akye no, Yesu bɛgyinaa mpoano, nanso na asuafoɔ no nnim sɛ ɛyɛ Yesu. Ɛnna Yesu bisaa wɔn sɛ: Yaanom, moanya nam anaa? Wɔbuaa no sɛ: Dabi. Na ɔsee wɔn sɛ: Momfa asau no ngu kodoɔ no nifa, na mobɛnya bi. Ɛnna wɔguiɛ, na mpataa no dodoɔ nti, na wɔntumi ntwe asau no bio. Ɛnna osuani a Yesu dɔ no no see Petro sɛ: Ɛyɛ Awurade a! Ɛnna Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔde n’atadeɛ kyekyeree ne ho soɔ, ɛfiri sɛ na ɔda adagya, na ɔtoo ne ho hwee ɛpo no mu. Na asuafoɔ a aka no nam kodoɔ kumaa no mu bae, na wɔne asase so nware, na ɛbɛyɛ basafa ɔha, na wɔtwee asau no ne mpataa no. Na wɔsii fam no, wɔhunuu nnyansramma a ɛnam gu soɔ ne paanoo. Na Yesu see wɔn sɛ: Momfa nam a moyii no seesei no bi mmra! Simon Petro kɔe, na ɔkɔtwee asau no baa asase so; na mpataa akɛseɛ ɔha aduonum mmiɛnsa ayɛ no ma; wɔdɔɔso saa deɛ, nanso asau no antete. Yesu see wɔn sɛ: Mommra mmɛka mo ano. Nso asuafoɔ no mu biara antumi ammisa no sɛ: Woyɛ hwan? Na wɔnim sɛ ɛyɛ Awurade. Ɛnna Yesu bɛfaa paanoo no de maa wɔn, ɛne apataa no saa ara. Yei ne ne mprɛnsa so a Yesu nyane firii awufoɔ mu no, ɔyii ne ho kyerɛɛ asuafoɔ no. Ɛnna wɔdidi wieeɛ no, Yesu see Simon Petro sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me sene yeinom? Ɔsee no sɛ: Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛne me nnwammaa! Yesu see no ne mprenu so sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me? Ɔsee no sɛ: Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Hwɛ me nnwan! Ɔsee no ne mprɛnsa so sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me? Ɛyɛɛ Petro awerɛho sɛ wabisa no mprɛnsa sɛ: Wodɔ me? Na ɔbuaa no sɛ: Awurade, wonim ade nyinaa, wonim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛne me nnwan! Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ, woyɛ aberanteɛ no, wobɔɔ abɔsoɔ, na wokɔɔ faako a wopɛ; na wonya bɔ akora a, wobɛtene wo nsa, na obi abɔ wo abɔsoɔ, na ɔde wo akɔ faako a wompɛ. (Ɔkaa yei de kyerɛɛ owu ko a ɔde bɛhyɛ Onyankopɔn animuonyam.) Na ɔkaa yei no, ɔsee no sɛ: Di m’akyi! Ɛnna Petro danee n’ani no, ɔhunuu osuani a Yesu dɔ no no sɛ ɔdi wɔn akyire, ɔno na ɔtweree ne kokom adidie no ase a ɔkaa sɛ: Awurade, hwan ne deɛ ɔbɛyi wo ama no? Ɔno na Petro hunuu no no, ɔsee Yesu sɛ: Awurade, na oyi ɛ? Yesu see no sɛ: Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn? Wo deɛ, di m’akyi! Ɛnna asɛm yi trɛɛ anuanom no mu sɛ saa osuani no renwu; nanso Yesu anka ankyerɛ no sɛ ɔrenwu, na ɔse: Mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn? Oyi ne osuani a ɔdi yeinom ho adanseɛ na ɔtwerɛɛ yeinom no; na yɛnim sɛ n’adanseɛ no yɛ nokorɛ. Na nnoɔma pii wɔ hɔ nso a Yesu yɛeɛ, ɛno na sɛ wɔtwerɛɛ ne nyinaa mmaako mmaako a, anka mesusu sɛ, nwoma a wɔbɛtwerɛ no rensene wiase mpo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Afei Ɔhene Dawid abɔ akora, na ɛwom sɛ na ne nkoa de bomo kata ne ho deɛ, nanso ne ho anyɛ no hye. Enti ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Ma yɛnhwehwɛ ababaa bi mmrɛ me wura ɔhene, na ɔmmɛgyina ɔhene anim nyɛ ne hwɛfoɔ, na ɔnna wo kokom na me wura ɔhene ho nyɛ no hye. Ɛnna wɔkɔhwehwɛɛ ababaa hoɔfɛfoɔ bi Israel ahyeɛ nyinaa mu, na wɔkɔhunuu Sunamni Abisag, na wɔde no brɛɛ ɔhene. Na ababaa no ho yɛ fɛ pa ara, na ɔyɛɛ ɔhene hwɛfoɔ na ɔsomm no. Nanso ɔhene ne no anna. Na Hagit ba Adoniya maa ne ho so kaa sɛ: Me na mɛdi hene. Na ɔsiesiee nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ne mmarima aduonum a wɔbɛbɔ ne ho ban. Nanso n’agya anka asɛm a ɛyɛ ya biara ankyerɛ no da sɛ: Adɛn na woayɛ saa yi? Na ɔno nso yɛ onipa a ne ho yɛ fɛ, na ɔno na wɔwoo no dii Absalom akyire. Na ɔne Seruia ba Yoab ne Ɔsɔfoɔ Abiatar dii atirimusɛm, na wɔdii Adoniya akyi boaa no. Na Ɔsɔfoɔ Sadok, Yoiada ba Benaia, Odiyifoɔ Natan, Simei, Rei ne Dawid nnɔmmarima no deɛ, na wɔnni Adoniya afa. Na Adoniya kumm nnwan, anantwie ne anantwie a wɔadɔre sradeɛ wɔ Sohelet Boɔ a ɛwɔ En-rogel ho no so, na ɔhyiahyiaa ne nuanom ahene mma no nyinaa ne Yuda mmarima a wɔyɛ ɔhene nkoa no nyinaa. Na Odiyifoɔ Natan ne Benaia ne nnɔmmarima no ne ne nua Salomo deɛ, wanhyia wɔn. Ɛnna Natan ka kyerɛɛ Batseba, Salomo na sɛ: Dabrɛ wontee sɛ Hagit ba Adoniya redi hene, na yɛn wura Dawid nnim? Afei, bra na memma wo adwene, na gye wo ne wo ba Salomo nkwa. Kɔ Ɔhene Dawid nkyɛn, na ka kyerɛ no sɛ: Ɛnyɛ wo, me wura ɔhene na wokaa w’afenaa ntam sɛ: Wo ba Salomo na ɔbɛdi m’adeɛ, na ɔno na ɔbɛtena m’adwa soɔ? Na adɛn nti na Adoniya di hene yi? Hwɛ, wo ne ɔhene da so rekasa wɔ hɔ no, me nso mɛdi w’akyiri aba, na mabɛfoa wo so. Na Batseba kɔɔ ɔhene nkyɛn pia mu; na ɔhene abɔ akora pa ara, na Sunamni Abisag som ɔhene. Ɛnna Batseba bɔɔ ne mu ase maa ɔhene. Na ɔhene bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na worehwehwɛ? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me wura, wo na wokaa AWURADE wo Nyankopɔn ntam kyerɛɛ w’abaawa sɛ: Wo ba Salomo na ɔbɛdi w’adeɛ, na ɔno na ɔbɛtena w’adwa soɔ. Na afei, hwɛ, Adoniya na ɔredi hene yi; nanso, me wura ɔhene, wonnim. Na wakum anantwie ne nyɛmmoa ne nnwan bebree, na wahyiahyia ahene mma nyinaa ne Ɔsɔfoɔ Abiatar ne Ɔsahene Yoab, na w’akoa Salomo deɛ, wanto ne nsa amfrɛ no. Na wo, me wura ɔhene, na Israel nyinaa ani da wo soɔ sɛ wobɛkyerɛ wɔn deɛ ɔbɛdi me wura ɔhene akyiri atena adwa no soɔ. Anyɛ saa a, me wura ɔhene wuo akyiri no wɔbɛbu me ne me ba Salomo mmaratofoɔ. Na hwɛ, ɔda so ne ɔhene rekasa no, Odiyifoɔ Natan nso baa hɔ. Na wɔkɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Hwɛ, Odiyifoɔ Natan nie. Na ɔduruu ɔhene anim no, ɔkotoo ɔhene de n’anim butuu fam. Na Natan kaa sɛ: Me wura ɔhene, wo na wose: Adoniya nni m’adeɛ, na ɔno na ɔntena m’adwa so anaa? Na ɛnnɛ wasiane kɔ, na wakɔkum anantwie ne anantwie a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan bebree, na wahyia ɔhene mma nyinaa ne asafohene ne Ɔsɔfoɔ Abiatar, na hwɛ, wɔredidi na wɔrenom n’anim, na wɔka sɛ: Ɔhene Adoniya nkwa so! Na me, w’akoa ne Ɔsɔfoɔ Sadok ne Yoiada ba Benaia ne w’akoa Salomo deɛ, wanto ne nsa amfrɛ yɛn. Me wura ɔhene nkyɛn na asɛm yi fire, na woamma w’akoa anhunu deɛ ɔbɛtena me wura ɔhene adwa no soɔ n’akyiri? Ɛnna Ɔhene Dawid buaa sɛ: Momfrɛ Batseba mma me. Na ɔba bɛgyinaa ɔhene anim. Na ɔhene kaa ntam sɛ: Sɛ AWURADE a ɔgyee me kra firii ahohiahia nyinaa mu te aseɛ yi, sɛdeɛ mekaa AWURADE Israel Nyankopɔn ntam mekyerɛɛ wo sɛ: Wo ba Salomo na ɔbɛdi m’adeɛ, na ɔno na ɔbɛtena m’adwa soɔ asi m’ananmu no, saa ara na mɛyɛ nnɛ da yi. Ɛnna Batseba bɔɔ ne mu ase de n’anim butuu fam kotoo ɔhene kaa sɛ: Me wura ɔhene nnya nkwa daa! Na Ɔhene Dawid kaa sɛ: Momfrɛ Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan ne Yoiada ba Benaia mma me. Na wɔbaa ɔhene anim. Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa mo wura nkoa nka mo ho, na momfa me ba Salomo ntena m’afunumupɔnkɔ so, na momfa no nsiane nkɔ Gihon. Na Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan nsra no ngo mfa no nsi Israel so hene wɔ hɔ, na monhyɛne totorobɛnto sɛ: Ɔhene Salomo nkwa so oo! Na momforo nni n’akyi, na ɔmmra mmɛtena m’adwa so, na ɔnsi m’ananmu nni hene, na ɔno na mahyɛ no sɛ ɔnyɛ Israel ne Yuda so hene. Ɛnna Yoiada ba Benaia buaa ɔhene sɛ: Amen! Saa ara nso na AWURADE me wura Ɔhene Nyankopɔn nka. Sɛdeɛ AWURADE ne me wura ɔhene tenaeɛ no, saa ara nso na ɔne Salomo ntena, na ɔmma n’adwa nso nsene me wura Ɔhene Dawid adwa no. Na Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan ne Yoiada ba Benaia, Keretifoɔ ne Peletifoɔ siane kɔe, na wɔde Salomo tenaa ɔhene afunumupɔnkɔ so, na wɔde no kɔɔ Gihon. Na Ɔsɔfoɔ Sadok faa ngo abɛn firii ntomadan no mu de bɛsraa Salomo. Na wɔhyɛnee totorobɛnto, na ɔman no nyinaa kaa sɛ: Ɔhene Salomo nkwa so! Na ɔman no nyinaa foro dii n’akyiri bae, na ɔman no hyenhyɛnee ntɛntɛbɛn, na wɔn ani gyee kɛse, na wɔn gyegyeegye no reyɛ ama asase mu apae. Na Adoniya ne wɔn a wahyia wɔn a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa teeɛ. Na wɔawie adidi; na Yoab tee totorobɛnto no nka no, ɔkaa sɛ: Kuro no mu hooyɛ a yɛteɛ yi ase ne sɛn? Na ɔda so rekasa no, hwɛ, Ɔsɔfoɔ Abiatar ba Yonatan bae; na Adoniya kaa sɛ: Bra, na woyɛ ɔbarima a wofata, na wokura kaseɛ pa. Na Yonatan bua see Adoniya sɛ: Dabi, na yɛn wura Ɔhene Dawid de Salomo asi hene. Na ɔhene asoma Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan ne Yoiada ba Benaia, Keretifoɔ ne Peletifoɔ aka ne ho, na ɔde no atena ɔhene afunumupɔnkɔ so, na Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan asra no de no asi hene Gihon, na wɔde anigyeɛ de no aforo afiri hɔ aba, na kuro no mu ayɛ hoo: Ɛno ne gyegyeegye a moteeɛ no. Nso Salomo te ahennwa no so. Yeinom nyinaa akyiri no, ɔhene nkoa aba abɛma yɛn wura Ɔhene Dawid amo sɛ: Onyankopɔn mma Salomo din nyɛ kɛse nsene wo din, na ɔmma n’adwa nso nsene w’adwa. Na ɔhene bɔɔ ne mu ase ne mpa so; na ɔhene kaa sɛ: Nhyira ne AWURADE Israel Nyankopɔn a wama me ba atena m’adwa so nnɛ yi, na m’ani ahunu. Ɛnna nnipa a wɔahyia wɔn a wɔyɛ Adoniya deɛ no nyinaa ho popoe, na wɔsɔresɔree sisii wɔn akwan so kɔe. Na Adoniya suroo Salomo anim, na ɔsɔre kɔe kɔsosɔɔ afɔrebukyia abɛn mu. Na wɔka kyerɛɛ Salomo sɛ: Hwɛ, Adoniya suro Ɔhene Salomo, na hwɛ, wakɔsosɔ afɔrebukyia abɛn mu sɛ: Ɔhene Salomo nka me ntam nnɛ, sɛ ɔremfa nkrantɛ nkum n’akoa. Na Salomo kaa sɛ: Sɛ ɔdane onipa a ɔfata a, ne nwi baako mpo rentɔ fam; na sɛ wɔhunu bɔne wɔ ne mu a, ɔbɛwu. Na Ɔhene Salomo soma maa wɔkɔfaa no firii afɔrebukyia no ho siane bae. Na ɔba bɛkotoo Ɔhene Salomo, na Salomo ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ wo fie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Afei Dawid nna bɛnee sɛ ɔbɛwuo no, ɔhyɛɛ ne ba Salomo sɛ: Me deɛ, mereti nananom wɔ asamando: Enti yɛ den na yɛ ɔbarima; na hwɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛdeɛ sɛ wobɛnante n’akwan so, sɛ wobɛdi n’ahyɛdeɛ, ne mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ ne n’adansesɛm soɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara mu no, na woadi yie deɛ woyɛ nyinaa mu, baabiara a wobɛkorɔ. Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkaa no me ho no atim, sɛ ɔse: Sɛ wo mma hwɛ wɔn akwan so yie sɛ wɔbɛnante m’anim nokorɛ mu, wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa mu a, ɛnneɛ Israel adwa so barima remmɔ wo. Bio, wo ara wonim deɛ Seruia ba Yoab yɛɛ me, deɛ ɔyɛɛ Israel asahene baanu Ner ba Abner ne Yeter ba Amasa, sɛ ɔdii wɔn awuo na ɔkaa ɔsa mu mogya guu asomdwoeɛ berɛ mu, na ɔde ɔsa mu mogya kekaa n’abɔsoɔ a ɛbɔ n’asene ne ne mpaboa a ɛhyɛ ne nan ho no. Enti di no nyansa so, na mma ne dwono mmfa asomdwoeɛ mu nnsiane nnkɔ Asamando. Na Gileadni Barsilai mma deɛ, yɛ wɔn adɔeɛ na ma wɔntena wɔn a wɔdidi wo pono soɔ mu; Na saa na wɔtwe baa me nkyɛn berɛ a medwanee wo nua Absalom anim no. Na hwɛ, Benyaminni Gera ba Simei a ɔfiri Bahurim a ɔwɔ wo nkyɛn yi, ɔno na ɔdomee me nnome denden da a mekɔɔ Mahanaim no. Nanso ɔsiane bɛhyiaa me Yordan ho, na mede AWURADE kaa no ntam sɛ meremfa nkrantɛ menku no. Na afei deɛ, mma ne ho nnyɛ no tɔtorɔtɔɔ, na woyɛ ɔba nyansafoɔ, na wobɛhunu adeɛ a wobɛyɛ no, na woama ne dwono nam mogya mu asiane akɔ Asamando. Ɛnna Dawid tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Dawid kuro mu. Na nna a Dawid de dii Israel so hene yɛ mfirinhyia aduanan. Ɔdii hene mfeɛ nson wɔ Hebron, na ɔdii hene mfeɛ aduasa mmiɛnsa Yerusalem. Na Salomo tenaa n’agya adwa so, na n’ahennie tim pintinn pa. Na Hagit ba Adoniya baa Salomo na Batseba nkyɛn. Na ɔbisaa no sɛ: Asomdwoeɛ mu na woreba yi? Na ɔse: Asomdwoeɛ mu. Na ɔkaa sɛ: Mewɔ asɛm bi meka kyerɛ wo. Na ɔse: Ka ɛ! Na ɔkaa sɛ: Wo ara wonim sɛ anka ahennie no yɛ me dea, na me so na Israel nyinaa de wɔn ani toeɛ sɛ mɛdi hene, nanso ahennie no danee, na akɔyɛ me nua deɛ; na AWURADE na ɔde maa no. Na afei adeɛ baako pɛ na merebisa no wo hɔ, na nkame me. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kasa ɛ! Na ɔse: Mesrɛ wo, ka kyerɛ Ɔhene Salomo, na ɔrenkame wo, na ɔmfa Sunamni Abisag mma me aware. Na Batseba kaa sɛ: Yoo, mɛka makyerɛ ɔhene mama wo. Ɛnna Batseba baa Ɔhene Salomo nkyɛn sɛ ɔde Adoniya dwantoa rebrɛ no. Na ɔhene sɔre kɔhyiaa no, na ɔbɔɔ ne mu ase maa no, na ɔtenaa n’adwa so; na wɔde adwa sii hɔ maa ɔhene na, na ɔtenaa ne nifa so. Na ɔkaa sɛ: Ade ketewa bi na merebɛbisa no wo hɔ, na nkame me. Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Awo, bisa, na merenkame wo. Na ɔse: Ma wɔmfa Sunamni Abisag mma wo nua Adoniya awareɛ. Na Ɔhene Salomo bua see ne na sɛ: Na adɛn nti na wobisa Sunamni Abisag awareɛ ama Adoniya? Bisa ahennie no nso ma no, na ɔno ne me nua panin, na Ɔsɔfoɔ Abiatar ne Seruia ba Yoab nso wɔ n’afa. Ɛnna Ɔhene Salomo kaa AWURADE ntam sɛ: Onyankopɔn nyɛ me sei na ɔnkɔ so saa, sɛ Adoniya asɛm a waka yi nti wɔakum no a. Na afei, sɛ AWURADE a wama matim, na ɔde me atena m’agya Dawid adwa soɔ, na wakyekyere fie ama me sɛdeɛ ɔkaeɛ no te aseɛ yi, ɛnnɛ ara wɔbɛkum Adoniya. Na Ɔhene Salomo somaa Yoiada ba Benaia maa no kɔkumm no. Na Ɔsɔfoɔ Abiatar nso, ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ Anatot, wo ara w’asase so, na woyɛ owuo ba. Na ɛnnɛ yi deɛ, merenku wo, ɛfiri sɛ woasoa AWURADE Nyankopɔn adaka no m’agya Dawid anim, na wohunuu amane nso wɔ deɛ m’agya hunuu mu amaneɛ nyinaa mu. Saa na Salomo tuu Abiatar sɛ ɔnnni AWURADE sɔfoɔ bio, na ɔnam yei so maa AWURADE asɛm a ɔkaa Eli fie ho wɔ Silo no baa mu. Na asɛm no duruu Yoab nkyɛn; na Yoab adane akɔdi Adoniya akyi, na Absalom akyiri deɛ, wannane ankɔdi; na Yoab dwane kɔɔ AWURADE ntomadan mu kɔsɔɔ afɔrebukyia mmɛn no mu. Na wɔbɛka kyerɛɛ Ɔhene Salomo sɛ: Yoab adwane kɔ AWURADE ntomadan mu, na hwɛ, wakɔsɔ afɔrebukyia no ho mmɛn no mu. Na Salomo somaa Yoiada ba Benaia sɛ: Kɔku no. Na Benaia kɔɔ AWURADE ntomadan no mu kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Firi adi! Na ɔse: Dabi, na ɛha na mɛwuo. Na Benaia sane bɛka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛdeɛ Yoab aka nie, na sɛdeɛ wabua me nie. Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ sɛdeɛ ɔkaeɛ no, na kɔku no, na sie no, na yi mogya a Yoab ahwie agu kwa no ho afodie firi me ne m’agya fie so. Na AWURADE mma ne mogya mmua n’atifi, sɛ ɔkumm mmarima baanu a wɔtene a wɔyɛ sene no, na ɔde nkrantɛ dii wɔn awuo: Ner ba Abner, Israel sahene ne Yeter ba Amasa, Yuda sahene no berɛ a m’agya Dawid nnim ho bie. Na wɔn mogya nsane mmɛbua Yoab atifi ne n’asefoɔ, atifi nkɔsi daa, na Dawid ne n’asefoɔ ne ne fie ne n’adwa nnya AWURADE nkyɛn asomdwoeɛ daa. Na Yoiada ba Benaia foro kɔkumm no; na wɔsiee no ne fie wɔ ɛserɛ so. Na ɔhene de Yoiada ba Benaia sii n’ananmu dii ɛdɔm no so, na Ɔsɔfoɔ Sadok nso, ɔhene de no sii Abiatar ananmu. Na ɔhene soma maa wɔkɔhyiaa Simei bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Si dan wɔ Yerusalem fa, na tena hɔ, na mfiri hɔ nkɔ baabiara, na da a wobɛfiri adie akɔtwa Kidron subonhwa no, hunu sɛ, wuo na wobɛwuo, na wo mogya bɛbua w’atifi. Na Simei ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɛyɛ; sɛdeɛ me wura ɔhene aka no, saa ara na w’akoa bɛyɛ. Na Simei tenaa Yerusalem nna pii. Na mfeɛ mmiɛnsa akyiri no, Simei nkoa baanu dwane kɔɔ Gathene Maaka ba Akis nkyɛn. Na wɔbɛka kyerɛɛ Simei sɛ: Hwɛ, wo nkoa no wɔ Gat. Na Simei sɔre hyehyɛɛ n’afunumupɔnkɔ, na ɔsii mu kɔɔ Gat, Akis nkyɛn sɛ ɔrekɔhwehwɛ ne nkoa no; na Simei kɔ kɔfaa ne nkoa no firii Gat bae. Na wɔbɛka kyerɛɛ Salomo sɛ: Simei afiri Yerusalem akɔ Gat, na wasane aba. Na ɔhene soma maa wɔkɔfaa Simei bae sɛ: Manka wo AWURADE ntam manni wo adanseɛ sɛ da a wobɛfiri adi akɔ baabiara no, hunu sɛ wuo na wobɛwuo? Na woka kyerɛɛ me sɛ: Ɛyɛ, mate. Adɛn nti na woanni AWURADE ntam ne mmara a mehyɛɛ woɔ no soɔ? Na ɔhene ka kyerɛɛ Simei sɛ: Wo ara wonim, w’akomam, bɔne a wode yɛɛ m’agya Dawid no nyinaa, na AWURADE adane wo bɔne no agu w’atifi. Na nhyira bɛka Ɔhene Salomo, na Dawid adwa bɛtim AWURADE anim akɔsi daa. Na ɔhene hyɛɛ Yoiada ba Benaia, na ɔfirii adi kɔkumm no. Na ahennie no tim Salomo nsam.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Salomo ne Misraimhene Farao yɛɛ awareɛ apam. Na ɔfaa Farao babaa waree, ɔde no baa Dawid kuro mu kɔsii sɛ ɔwiee ne dan ne AWURADE dan ne Yerusalem ho fasuo no toɔ. Na ɔman no da so bɔ afɔdeɛ sorɔnsorɔmmea ara, ɛfiri sɛ na wɔnsii dan biara mmaa AWURADE din. Na Salomo nam n’agya Dawid ahyɛdeɛ no mu dɔ AWURADE, nanso ɔbɔ afɔdeɛ na ɔhye aduhwam sorɔnsorɔmmea no so. Na ɔhene kɔɔ Gibeon sɛ ɔrekɔbɔ afɔdeɛ wɔ hɔ, ɛfiri sɛ na ɛno ne sorɔnsorɔnbea kɛseɛ. Ɔhyeɛ afɔdeɛ apem na Salomo bɔɔ no afɔrebukyia no soɔ. Na AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo anadwo daeɛ mu wɔ Gibeon, na Onyankopɔn kaa sɛ: Srɛ deɛ menyɛ mma woɔ. Na Salomo se: Wo na woyɛɛ w’akoa m’agya Dawid adɔeɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ ɔnantee w’anim nokorɛ ne tenenee mu, ne wo ho akoma mu teeyɛ mu, na wode adɔeɛ kɛseɛ yi asie ama no, na woama no ɔba a ɔte n’adwa soɔ, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. Na afei, ao AWURADE me Nyankopɔn, wo na woasi w’akoa ɔhene asi m’agya Dawid ananmu, na me deɛ, meyɛ abɔfra ketewa, mennim adifire ne emuba. Na w’akoa wɔ wo man a woayi wɔn, ɔman kɛseɛ a wɔn dodoɔ nti wɔntumi nkan wɔn mmu wɔn ano no mu. Enti ma w’akoa nteaseɛ adwene na memfa memmu wo man atɛn, na menhunu papa ne bɔne mu, na hwan na ɔbɛtumi abu wo man kɛseɛ yi atɛn? Na ɛsɔɔ AWURADE ani, sɛ Salomo abisa asɛm yi. Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛsiane sɛ wobisaa asɛm yi, na woammisa nna dodoɔ amfa, na woammisa ahonyadeɛ amfa, nso woammisa w’atamfo nkwa, na mmom wobisa nhunumu, a wode bɛtie atemmuo yi, hwɛ, mayɛ sɛdeɛ w’asɛm no seɛ. Hwɛ, mama wo nyansa ne nhunumu adwene a obiara a ɔdii w’anim nte sɛ woɔ, na w’akyiri nso, obiara rensɔre a ɔsɛ woɔ. Afei deɛ wommisaeɛ no mama wo, ahonya ne animuonyam a ahemfo mu biara rento woɔ wo nna nyinaa mu. Na sɛ wonante m’akwan mu na wodi m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm so sɛdeɛ w’agya Dawid nanteeɛ a, mɛma wo nna aware. Na Salomo nyanee, na hwɛ, ɛyɛ daeɛ. Na ɔbaa Yerusalem, na ɔbɛgyinaa AWURADE apam adaka no anim, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ, na ɔtoo ne nkoa nyinaa pono. Ɛberɛ no mu no, mmaa nnwamamfoɔ mmienu bi baa ɔhene nkyɛn bɛgyinaa n’anim. Na ɔbaa baako kaa sɛ: Me wura, mepa wo kyɛw, me ne ɔbaa yi te fie koro mu, na mewoo ba wɔ ne nkyɛn efie hɔ. Na ɛbaa sɛ mewoeɛ akyiri nnansa no, ɔbaa yi nso woe, na yɛwɔ faako ara, ɔhɔhoɔ bi nka yɛn ho efie hɔ gye yɛn mmienu pɛ na yɛwɔ efie no mu. Na ɔbaa yi ba no wuu anadwo, ɛfiri sɛ ɔdaa ne so. Na ɔsɔree ɔdasuo mu bɛfaa me ba no wɔ me nkyɛn, nso na w’afenaa ada, na ɔde no too ne kokom, na ɔde ne ba a wawuo no bɛtoo me kokom. Na mesɔree anɔpa sɛ merema me ba nufoɔ no, na hwɛ, wawu. Na mehwehwɛɛ ne ho anɔpa no, na hwɛ, ɛnyɛ me ba a mewoo no a. Na ɔbaa baako no se: Dabi, na me ba ne ɔteasefoɔ no, na wo ba ne owufoɔ no. Na oyi se: Dabi, na wo ba ne owufoɔ no, na me ba ne ɔteasefoɔ no. Na wɔkasakasaa ɔhene anim hɔ. Ɛnna ɔhene kaa sɛ: Oyi se: Me ba ne ɔteasefoɔ no, na wo ba ne owufoɔ no; na oyi se: Dabi, na wo ba ne owufoɔ no, na me ba ne ɔteasefoɔ no. Na ɔhene kaa sɛ: Mommrɛ me nkrantɛ. Na wɔde nkrantɛ baa ɔhene anim. Na ɔhene kaa sɛ: Monkyɛ abɔfra a ɔte aseɛ no mu mmienu, na momfa ɔfa mma ɔbaako, na momfa ɔfa mma ɔbaako. Ɛnna ɔbaa a ne ba ne ɔteasefoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Me wura, mepa wo kyɛw, momfa akwadaa teasefoɔ no mma no, na kum deɛ, monnku no! Ɔkaa saa, ɛfiri sɛ na ne yam hyehye no ne ba no ho. Ɔbaako no nso kaa sɛ: Mma no nnyɛ me deɛ, nso ɔnnyɛ wo deɛ, monkyɛ mu! Ɛnna ɔhene buaa sɛ: Momfa akwadaa teasefoɔ no mma ɔbaa a ɔdi kan no, na kum deɛ wɔnnku no, ɔne ne na. Na Israel nyinaa tee atɛn a ɔhene buiɛ no, wɔsuroo ɔhene anim, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ, Nyankopɔn nyansa wɔ ne mu a ɔde bu atɛn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Ɔhene Salomo di Israel nyinaa so hene. Na yeinom ne ne mmapɔmma: Sadok ba Ɔsɔfoɔ Asaria; Sisa mma Elihoref ne Ahia yɛ atwerɛfoɔ; Ahilud ba Yosafat ne ɔsɛnkaefoɔ; Yoiada ba Benaia di asraadɔm no so, na Sadok ne Abiatar di asɔfoɔ; Natan ba Asaria di toɔ sohwɛfoɔ so, na Natan ba Sabud yɛ ɔsɔfoɔ ne ɔhene adamfo; na Ahisar di ahemfie so, na Abda ba Adoniram di wɔn a wɔhyɛ wɔn ma wɔyɛ adwuma so. Na Salomo wɔ toɔ sohwɛfoɔ dummienu Israel nyinaa so a wɔhwɛ ɔhene ne ne fie aduane soɔ; afirinhyia mu bosome baako wɔn mu biara ma aduane. Wɔn din nie: Hur ba wɔ Efraim bepɔ so; Deker ba wɔ Makas ne Saalbim ne Bat-semes ne Elon-bet- anan; Hesed ba wɔ Arubot, (ne deɛ ne Soko ne Hefer asase nyinaa); Abinadab ba wɔ Nafat-dor nyinaa. (Ɔwaree Salomo babaa Tafat). Ahilud ba Baana wɔ Taanak ne Megido ne Bet-sean a ɛwɔ Saretan nkyɛn mu nyinaa Yesreel ase, de firi Bet-sean kɔduru Abel-mehola, de kɔ Yokmeam akyi; Geber ba wɔ Ramot-gilead, (ne deɛ ne Manase ba Yair atenaeɛ a ɛwɔ Gilead no, ne deɛ nso ne Argob asase a ɛwɔ Basan, nkuro akɛseɛ aduosia a ɛho wɔ afasuo ne kɔbere mfrafraeɛ adaban); Ido ba Abinadab wɔ Mahanaim; Ahimaas wɔ Naftali; (ɔno nso faa Salomo ba Basmat wareɛ); Husai ba Baana wɔ Aser ne Alot; Parua ba Yehosafat wɔ Isakar; Ela ba Simei wɔ Benyamin; Uri ba Geber wɔ Gilead asase so, Amorifoɔ hene Sihon ne Basanhene Og asase so, na toɔ sohwɛfoɔ baako na ɔwɔ Yuda asase no soɔ. Yuda ne Israel dɔɔso sɛ mpoano anwea dodoɔ, wɔdidi na wɔnom, na wɔn ani gye. Na Salomo dii aman yi so firi Asubɔntene Eufrate ano kɔsi Filistifoɔ asase so ne Misraim hyeɛ so. Wɔde apeatoɔ ba na wɔsomm Salomo ne nkwa nna nyinaa. Na Salomo da koro aduane yɛ esiam pa susukoraa aduasa ne ayuosiam susukoraa aduosia; anantwie a wɔadorɔ du ne adidibea anantwie aduonu ne nnwan ɔha, ɛsono aforoteɛ, nnowa, awansane ne nnomaa a wɔadorɔ. Na ɔdi asubɔnten no atɔeɛ ahemfo a wɔwɔ asubɔnten no fa ha nyinaa so tumi firi Tifsa bɛduru Gasa, na ɔnyaa asomdwoeɛ n’ahyeɛ nyinaa so hyiae. Na Yuda ne Israel tenaa ase dwoodwoo wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase mmaako mmaako firi Dan kɔsi Beer-seba, Salomo nna nyinaa. Na Salomo wɔ apɔnkɔdan mpem aduanan ma ne nteaseɛnam, ne apɔnkɔsotefoɔ mpem dummienu. Na ɛtoɔ sohwɛfoɔ no hwɛɛ aduane so maa Ɔhene Salomo ne wɔn a wɔbaa Ɔhene Salomo pono ho nyinaa, obiara wɔ ne bosome mu; wɔmma hwee nka. Na atokoɔ ne ɛserɛ a wɔde ma apɔnkɔ ne apɔnkɔ ahoɔharefoɔ nso, wɔde baa faako a wɔwɔ hɔ, wɔn nyinaa sɛdeɛ wɔahyehyɛ ama wɔn no. Na Onyankopɔn maa Salomo nyansa ne nhunumu bebree pa ne adwene a emu trɛ sɛ mpoano anwea. Na Salomo nyansa dɔɔso sene apueeɛ mma nyinaa nyansa ne Misraim nyansa nyinaa. Na ɔnim nyansa sene nnipa nyinaa, ɔsene Esrahini Etan ne Heman ne Kalkol ne Darda a wɔyɛ Mahel mma no, na ne din hyetae wɔ amanaman nyinaa mu. Na ɔbubuu mmɛ mpensa, na ne nnwom yɛ apem ne nnum. Na ɔkasaa nnua ho firi tweneduro a ɛwɔ Lebanon so kɔsii adwera a ɛfifiri ɔfasuo mu so, na ɔkaa mmoa ne nnomaa ne wɔn a wɔwea ne mpataa ho asɛm. Na amanaman nyinaa mu bi baa sɛ wɔrebɛtie Salomo nyansa, wɔfirii asase so ahemfo a wɔtee ne nyansa no nyinaa nkyɛn bae.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Tirohene Hiram somaa ne nkoa maa wɔbaa Salomo nkyɛn, ɛberɛ a ɔtee sɛ wɔasra no ngo asi no hene n’agya ananmu; ɛfiri sɛ Hiram dɔɔ Dawid daa. Na Salomo soma maa wɔkɔɔ Hiram nkyɛn sɛ: Wo ara wonim m’agya Dawid sɛ ɛdɔm a ɛtwaa ne ho hyiaeɛ nti, wantumi ansi ɛdan amma AWURADE ne Nyankopɔn din de kɔsii sɛ AWURADE de wɔn hyɛɛ ne nan aseɛ. Na afei AWURADE me Nyankopɔn ama me ɔhome afa nyinaa; ɔtamfoɔ biara nni hɔ, na asiane biara nni hɔ. Na hwɛ, mese merebɛsi ɛdan mama AWURADE me Nyankopɔn din, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid no sɛ: Wo ba a mede no bɛsi w’ananmu atena w’adwa soɔ no, ɔno na ɔbɛsi ɛdan ama me din. Na afei hyɛ na wɔmmu ntweneduro mfiri Lebanon mma me, na me nkoa bɛba abɛka wo nkoa ho, na mede wo nkoa apaadeɛ bɛma wo, sɛdeɛ wobɛka nyinaa; na wo ara wonim sɛ obi nni yɛn mu a ɔnim nnuabuo sɛ Sidonfoɔ. Na Hiram tee Salomo nsɛm no, n’ani gyee sɛ, na ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE nnɛ, sɛ wama Dawid ɔba nyansafoɔ de no asi ɔman kɛseɛ yi soɔ. Na Hiram soma maa wɔbaa Salomo nkyɛn sɛ: Mate deɛ enti wosoma maa wɔbaa me nkyɛn no; me deɛ, mɛyɛ deɛ wopɛ nyinaa ntweneduro nnua ne papea nnua fam. Me nkoa de bɛfiri Lebanon asiane aba mpoano, na makyekyere no ntɛneani ɛpo so mabɛduru deɛ wobɛma wɔaka akyerɛ me no, na masanesane no hɔ, na wo nso woama wɔabɛfa akɔ. Na wo nso yɛ deɛ mepɛ ma me, sɛ wobɛma me fie aduane. Ɛnna Hiram maa Salomo ntweneduro ne papea nnua sɛdeɛ ɔpɛ nyinaa. Na Salomo maa Hiram ayuo susukoraa mpem du, sɛ ne fie aduane, ne ngo kronkron susukoraa ɔpeduonu; saa na Salomo maa Hiram afe biara. Na AWURADE maa Salomo nyansa sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no; na asomdwoeɛ daa Hiram ne Salomo ntam, na wɔn baanu pamee. Na Ɔhene Salomo gyee Israel nyinaa hɔ adwumatoɔ, na ɛtoɔ no yɛ nnipa mpem aduasa. Na ɔsomaa wɔn Lebanon, nnipa mpem du bosome biara maa wɔdii no nnyegyeɛ, wɔdi bosome Lebanon, na wɔdi abosome mmienu efie; na Adoniram na na ɔdi toɔ adwuma no soɔ. Na Salomo wɔ nnesoasoafoɔ mpem aduɔson ne nnuatwafoɔ mpem aduɔwɔtwe bepɔ no so, ɛsono Salomo ahwɛfoɔ mpemsa ahasa a wɔdi adwumafoɔ no soɔ. Na ɔhene hyɛ maa wɔpaee aboɔ akɛseɛ, aboɔ a ne boɔ yɛ den aboɔ a wɔasensene sɛ wɔde bɛto ɛdan no fapem. Na Salomo abantofoɔ ne Hiram abantofoɔ ne Gebalfoɔ no sensenee, na wɔsiesiee nua ne aboɔ sɛ wɔde bɛsi ɛdan no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Israelfoɔ firi Misraim asase so baeɛ no akyi, afe a ɛtɔ so ahanan aduɔwɔtwe so, Salomo dii Israel so hene afe a ɛtɔ so nnan mu bosome Siw a ɛne bosome a ɛtɔ so mmienu (a ɛte sɛ Kɔtɔnimma) no soɔ no, ɔfitii aseɛ sii AWURADE dan no. Na ɛdan a Ɔhene Salomo si maa AWURADE no, basafa aduasa ne ne ntwemu, na basafa du ne ne tɛtrɛtɛ, na basafa dunum ne ne korɔn. Na ntwonoo a ɛwɔ asɔrefie dan no anim no, basafa du ne ne ntwemu, sɛdeɛ ɛdan no trɛ no teɛ no, basafa nnum ne ne trɛ ɛdan no anim. Na ɔyɛɛ ɛdan no ho mpomma a emu aniahunuankansa tintim mu. Na ɔtotoo ɛdan no fasuo ho ban de twaa ho hyiae, na asɔredan no ara ne mpiakyire no ho, na ɔyɛɛ no mpia mpia hyiae: Aseɛ pa ara pia yɛ basafa mmienu ne fa ne ne tɛtrɛtɛ; na mfimfini deɛ yɛ basafa mmiɛnsa, na deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no yɛ basafa mmiɛnsa ne fa; na ɔyɛɛ ɛdan no akyi mmamma hyiae, na mpuna no anhyɛne ɛdan no afasuo mu. Na wɔresi ɛdan no, wɔde aboɔ amuamu a wɔasiesie firi abotubea na ɛsiiɛ. Na wɔresie no, wɔante asaeɛ anaa pɛeɛ anaa dwinnadeɛ biara nka ɛdan no ho. Aseɛ pia no pono wɔ ɛdan no anafoɔ fam, na wɔforo ntwedeɛ nkyinkyimiiɛ kɔ mfimfini deɛ no mu, na wɔfiri mfimfini deɛ no mu kɔ deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no mu. Na ɔsii ɛdan no wieeɛ no, ɔde tweneduro mpuna ne ntaaboɔ kataa ɛdan no so. Na ɔsisii nsamsoɔ twaa ɛdan no ho nyinaa hyiae, basafa mmienu ne fa ne ne korɔn, na wɔde tweneduro mpuna guu ɛdan no so. Na AWURADE asɛm baa Salomo nkyɛn sɛ: Ɛdan yi a woresie yi, sɛ wonante m’ahyɛdeɛ mu na woyɛ m’atemmudeɛ na wodi me mmara nsɛm nyinaa so sɛ wobɛnante mu a, ɛnneɛ mɛma m’asɛm a meka mekyerɛɛ w’agya Dawid no agyina ama wo. Na mɛtena Israelfoɔ mu, na merennya me man Israel. Na Salomo sii ɛdan no wiee. Na ɔde tweneduro ntaaboɔ penam ɛdan no afasuo ho wɔ mu, ɔde nnua kataa mu firi ɛdan no fam kɔsi nsamsoɔ ani, na ɔde papea ntaaboɔ sam ɛdan no fam. Na ɔde tweneduro ntaaboɔ sii ɛdan no akyiri fam basafa du, firi fam kɔpem nsamsoɔ mpuna, na ɔsii de emu yɛɛ mpiakyire, ɛne kronkronkronbea no. Na kronkronbea a ɛwɔ kronkron mu kronkron no anim no yɛ basafa aduonu. Na ɛdan no mu tweneduro ntaaboɔ no anim no, wɔdii so ntoa ne nhwiren a ahanehane adwini; ne nyinaa yɛ tweneduro, wɔanhunu ɔboɔ biara. Na ɔsiesiee mpiakyire no ɛdan no mu, sɛ wɔmfa AWURADE apam adaka no nsi hɔ. Na mpiakyire no mu kwan deɛ, basafa du ne ne ntwemu, na basafa du yɛ ne tɛtrɛtɛ, na basafa du ne ne korɔn; na ɔde sika amapa duraa mu, na ɔde tweneduro kataa afɔdeɛ pono no ho hyiae. Na Salomo de sika amapa duraa ɛdan no mu, na ɔde sika nkɔnsɔnkɔnsɔn twaa mpiakyire no anim, na ɔduraa ho sika. Na ɛdan no nyinaa, ɔde sika duraa mu kɔsii sɛ ɛhyiaa ɛdan no nyinaa mu; na afɔdeɛ pono a ɛwɔ mpiakyire no, ɔde sika duraa ho nyinaa. Na mpiakyire no mu hɔ no, ɔde ngodua yɛɛ kerubim mmienu, a basafa nnum ne ebiara tentene. Na kerub no ntaban baako yɛ basafa mmienu ne fa, na kerub no ntaban baako no nso yɛ basafa mmienu ne fa, ɛfiri ne ntaban baako ano kɔsi ne ntaban baako ano yɛ basafa nnum. Na kerub a ɔtɔ so mmienu no nso yɛ basafa nnum; kerubim mmienu no nyinaa tentene pɛ, na wɔn su nso yɛ pɛ. Kerub baako tentene yɛ basafa nnum, na kerub baako no nso saa ara. Na ɔde kerubim no sisii akyire dan no mu, na kerubim no trɛtrɛɛ wɔn ntaban mu. Ɔbaako ntaban ka ɔfasuo, na ɔbaako ntaban ka ɔfasuo baako no nso, na wɔn ntaban no hyia ɛdan no mfimfini, ntaban pem ntaban anim. Na ɔde sika duraa kerubim no ho. Na ɔdii ɛdan no afasuo no nyinaa ho adwini hyiae, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a ahanehane na wɔhunu wɔ pia no mu ne asa no so. Na ɛdan no fam nso, ɔde sika duraa hɔ, pia no mu ne asa no so. Na mpiakyire no ano no, ɔde ngodua yɛɛ aponta too hɔ; ɛfiri aponnwa no atifi kɔsi ne nkyɛn mu yɛ ɔfasuo no mu abupɛn nnum mu baako; na ngodua apono mmienu no, ɔdii so adwini, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a ahanehane, na ɔde sika duraa ho, na ɔde sika kataa kerubim ne mmɛ no ho. Saa ara nso na ɔde ngodua yɛɛ asɔredan no ano aponnwa no, ahinanan soɔ. Na ɔde papea nnua yɛɛ apono mmienu, ɛpono baako wɔ afa mmienu a ɛtumi danedane, na ɛpono baako nso wɔ afa mmienu a ɛtumi danedane; na ɔdii so adwini, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a ahanehane; na ɔde sika duraa ho, na ɔkeka tintim nkurukyireeɛ no mu. Na ɔyɛɛ emu fam abannwa no, aboɔ a wɔasensene kyerɛpɛn mmiɛnsa ne tweneduro mpuna kyerɛpɛn baako. Afe a ɛtɔ so nnan bosome Siw (a ɛte se Kɔtɔnimma) mu na wɔtoo AWURADE dan no fapem. Na afe a ɛtɔ so dubaako bosome Bul a ɛne bosome a ɛtɔ so nwɔtwe (a ɛte sɛ Obubuo) no mu na wɔwiee efie no, ɛho nnoɔma ne ne yɛbea nyinaa fam. Mfeɛ nson na wɔde siiɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Salomo no ara ne fie deɛ, mfeɛ dummiɛnsa ansa na ɔrewie efie no nyinaa sie. Ɔsii Lebanon Kwaeɛ Dan no, basafa aduonum ne ne ntwemu, na basafa aduonu nnum ne ne trɛ, na basafa dunum ne ne korɔn; ɛwɔ ntweneduro adum kyerɛpɛn nnan so, na ntweneduro adum kyerɛpɛn nnan so, na ntweneduro mpuna gu so; na wɔde tweneduro samm soro, nkyɛn mu mpia a ɛwowɔ adum no soɔ no so, ɛyɛ aduanan nnum a dunum yɛ kyerɛpɛn baako. Na nsamsoɔ mpuna yɛ kyerɛpɛn mmiɛnsa, na mpomma kyerɛkyerɛ mpomma anim ahodoɔ mmiɛnsa. Na apono no ne aponnwa no nyinaa yɛ mpuna ahinanan, na mpomma hwehwɛ mpomma anim ahodoɔ mmiɛnsa. Na ɔyɛɛ Adum Abrannaa a ne tentene yɛ basafa aduonu nnum ne ne ntwemu yɛ basafa dunum ne ne trɛ; na abrannaa bi wɔ anim, na adum ne ntwedeɛ wɔ anim. Na ɔyɛɛ Ahennwa Abrannaa a ɛhɔ na ɔbu atɛn, atemmuo abrannaa no; na ɔde tweneduro kataa fam nyinaa. Na ne dan a ɔte mu no, ɛne abannwa a ɛwɔ abrannaa no mu no yɛbea te, yɛ pɛ ara. Na ɔsii ɛdan nso maa Farao babaa a ɔwaree no no. Yeinom nyinaa yɛ aboɔ a ne boɔ yɛ den, wɔasusu no sɛ aboɔ a wɔasene no ahinanan, wɔde ɛwan na ɛtwaeɛ, ɛwowɔ emu fam ne akyire fam, firi fapem so kɔpem atifi, na ɛfiri akyire fam kɔsi abannwa kɛseɛ no so. Na fapem no yɛ aboɔ a ne boɔ yɛ den, aboɔ akɛseɛ, basafa nnum nnum aboɔ ne basafa nnan nnan aboɔ. Na ɛso a wɔtoeɛ no yɛ aboɔ a ne boɔ yɛ den, wɔasusu no sɛ aboɔ a wɔasene no ahinanan, ɛne ntweneduro. Na abannwa kɛseɛ a ɛtwa hyia no yɛ aboɔ a wɔasene kyerɛpɛn mmiɛnsa ne ntweneduro mpuna kyerɛpɛn baako; na AWURADE fie no mu fam abannwa no ne ɛdan no abrannaa no te saa ara. Na Ɔhene Salomo soma maa wɔkɔfaa Hiram firii Tiro baeɛ; ɔyɛ Naftali abusuakuo mu ɔbaa kunafoɔ bi ba, na n’agya yɛ Tironi a ɔyɛ kɔbere mfrafraeɛ dwumfoɔ; na nyansa ne nhunumu ne kɔbere mfrafraeɛ adwinnie ho nimdeɛ nyinaa ahyɛ no ma; na ɔbaa Ɔhene Salomo nkyɛn bɛdii n’adwini nyinaa maa no. Na ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ adum mmienu, baako tentene yɛ basafa nkron, na homa a ne tentene yɛ basafa nsia twa baako ho hyia, tokuro da mu, na emu pipiripie yɛ nsateaa nan. Dum a ɛtɔ so mmienu no te sɛ ɛno ara. Na ɔyɛɛ ntaasotire mmienu sɛ wɔmfa nsisi adum no atifi; ɔde kɔbere mfrafraeɛ na ɛguiɛ. Oduntire baako korɔn yɛ basafa mmienu ne fa, na baako no nso korɔn yɛ basafa mmienu ne fa. Atena a wɔanwono a ɛyɛ ntweaban a wɔakyinkyim, ntaasotire a ɛwɔ adum no atifi no ho, nson wɔ oduntire baako ho, na nson nso wɔ baako no ho; na ɔyɛɛ atoaa aba nsɛsoɔ kyerɛpɛn mmienu twaa atena no ho hyiae de kataa aduntire no so; saa na ɔyɛɛ oduntire baako no nso; na ntaasotire a ɛwɔ adum no atifi no, wɔyɛɛ no sɛ sukooko nhwiren, ntwonoo no ho, basafa mmienu; na adum mmienu no so ntaasotire no wɔ soro nso, n’afuru a ɛwɔ atena no ho; na atoaa aba nsɛsoɔ ahanu, kyerɛpɛn kyerɛpɛn, twitwa oduntire baako no ho hyia. Na ɔmemaa adum no so sisii asɔredan no ntwonoo no ano, na odum a ɔde sii anafoɔ no, ɔtoo no din Yakin, na odum a ɔde sii atifi no, ɔtoo no din Boas. Na sukooko adwini wowɔ adum no atifi. Saa na ɔde wiee adum no ho adwuma no. Na ɔyɛɛ dwaresɛn no, wɔgui, ɛfiri ano kɔpem ano yɛ basafa nnum, ɛyɛ kurukuruwa, na basafa mmienu ne fa ne ne korɔn, na basafa dunum homa twa ho hyia. Na nkukuduuduu wɔ ano no aseɛ twa ho hyia, basafa nnum nnum twa ho hyia, ɛbɔ ɛpo no ho kɔntɔnkrɔn, kukuduuduu kyerɛpɛn mmienu, na wɔguu no ne guo ara mu. Ɛtaa anantwie dummienu so: Mmiɛnsa hwɛ atifi fam, na mmiɛnsa hwɛ atɔeɛ, na mmiɛnsa hwɛ anafoɔ fam, na mmiɛnsa hwɛ apueeɛ; na ɛpo no taa wɔn so, na wɔn akyiri nyinaa wɔ emu fam. Na ne pipiripie yɛ nsayam trɛ; na wɔyɛɛ ano sɛ kuruwa ano, te sɛ sukooko nhwiren a ahane. Ɛdi galɔn ɔpedu. Na ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ nsugyeɛ nnaka du, adaka no baako ntwemu yɛ basafa mmienu, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa mmienu, na ne korɔn yɛ basafa baako ne fa. Na nnaka no yɛbea nie: Ɛwowɔ nhyehyɛmu ntrawantrawa na nhyehyɛmu no hyehyɛ n’adwa ntam; na agyata, anantwie ne kerubim wowɔ adwa no ntam nhyehyɛmu no so, na nnyinasoɔ bi wɔ adwa no so soro. Na agyata ne anantwie no ase no wɔyɛɛ nhahamma nkyekyereeɛ a ɛsensɛne hɔ. Na nnaka no wowɔ kɔbere mfrafraeɛ ntwahonan nnan nnan ne kɔbere mfrafraeɛ nhyɛmu dua, na ne nsisoɔ nan nnan no so wowɔ nsosɔmu nsa bi, wɔgui, dwaresɛn no ase, na nhahamma nkyekyereɛ wowɔ nkyɛn nkyɛn. Na dwaresɛn no ano wɔ adakatire hankra no mu fam a ɛho so kakra anammɔn baako ne fa, na hankra no ano yɛ kurukuruwa, wɔyɛɛ no sɛ nnyinasoɔ anammɔn mmienu ne fa, na wɔdii adwini ano ano; na ne nhyehyɛmu ntrawantrawa no yɛ ahinanan, ɛnyɛ kurukuruwa. Na ntwahonan nnan no wowɔ nhyehyɛmu ntrawantrawa no ase; na ntwahonan no nsa kurakura nnaka no mu, na ntwahonan no baako korɔn yɛ anammɔn mmienu ne fa; na ntwahonan no yɛbea te sɛ teaseɛnam deɛ, ɛho nsa ne ne hankra ne ne mpadeɛ ne ne berɛmo nyinaa nso, wɔgui. Na nsosɔmu nsa nnan wowɔ nnaka no ahinanan no ho, nnaka no mu ara na nsa no fifire. Na nnaka no tiri no, wɔyeyɛɛ no nkurukuruwa nkurukuruwa hyiae, ne korɔn yɛ anammɔn baako, na nnakatire no so na ne nsa ne ne nhyehyɛmu ntrawantrawa a ɛfiri mu no wɔ. Na ɔdii ne nsa no trɛ ne ne nhyehyɛmu ntrawantrawa no so adwini: Kerubim ne agyata ne mmɛ, sɛdeɛ ntam nnedahɔ teteɛ no, na nhahamma nkyekyereɛ twa ho hyia. Saa na ɔyɛɛ nnaka du no, ne nyinaa yɛ gubea, nsusuiɛ ne suban korɔ. Ɛnna ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ dwaresɛn du, dwaresɛn baako di galɔn ahanan. Na dwaresɛn baako biara yɛ basafa mmienu; nnaka du no nyinaa, dwaresɛn no sisi so mmaako mmaako. Na ɔde nnaka no nnum sisii ɛdan no anafoɔ fam, na ɔde nnum sisii atifi fam; na ɛpo no deɛ, ɔde sii ɛdan no anafoɔ fam, apueeɛ a ɛkyerɛ anafoɔ fam no. Na Hiram yɛɛ nnwaresɛn no, sesa adeɛ ne nkoraa. Na Hiram wiee adwuma a ɔyɛ maa Ɔhene Salomo, AWURADE fie ho no nyinaa yɛ, adum mmienu no ne adum no atifi ntaasotire no apɔ mmienu no, ne atena mmienu a wɔde kataa adum no, atifi ntaasotire apɔ mmienu no ho no, na atena mmienu no ho atoaa aba nsɛsoɔ ahanan no, atoaa aba nsɛsoɔ kyerɛpɛn mmienu yɛ atena baako deɛ, sɛ ɛnkata ntaasotire apɔ mmienu a ɛwowɔ adum no soɔ no ho, ne nsugyeɛ nnaka du no so nnwaresɛn du no, ne ɛpo baako, ne ɛpo no ase anantwie dummienu no; ne nsenaa ne sesa adeɛ ne nkoraa no. Na nnoɔma a Hiram yɛ maa Ɔhene Salomo de maa AWURADE fie no nyinaa yɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔapɔ ho. Na ɔhene de kɔɔ Yordan ho asase so dɔteɛ mu wɔ Sukot ne Saretan ntam. Na Salomo gyaee nnoɔma no nyinaa karie, ne dɔ a ɛdɔɔso nti; wɔanhunu kɔbere mfrafraeɛ no mu duro. Na Salomo yɛɛ AWURADE fie nnoɔma no nyinaa, sika afɔrebukyia ne ɛpono a kyerɛ paanoo sisi soɔ no sika, ne nkaneadua no, nnum wɔ nifa na nnum wɔ benkum, mpiakyire no anim no yɛ sika amapa, na ɛho nhwiren ne nkanea ne adaban no yɛ sika; ne nyowa ne adumgya ne nkoraa ne nyowaa ne nsramma kukuwa no yɛ sika ara nko; na ɛdan no mu fam kronkronkronbea hɔ apono ne asɔredan apono no mpɛɛwa nso yɛ sika. Na wɔwiee adwuma a Ɔhene Salomo yɛɛ no AWURADE fie ho no nyinaa. Na Salomo de n’agya Dawid akronkronneɛ, dwetɛ ne sika ne nnoɔma nnoɔma no, baa mu de bɛsiee AWURADE fie akoradeɛ mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛno na Salomo hyiahyiaa Israel mpanimfoɔ ne mmusuakuo mu atitire, Israel mma agyanom mmapɔmma nyinaa baa Ɔhene Salomo nkyɛn wɔ Yerusalem, sɛ wɔrekɔ akɔfa AWURADE apam adaka no afiri Dawid kuro Sion mu aba. Na Israel mmarima nyinaa bɛhyiaa Ɔhene Salomo nkyɛn bosome Etanim a ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nson (a ɛte sɛ Ahinime) no mu nnapɔnna no mu. Na Israel mpanimfoɔ nyinaa bae, na asɔfoɔ no bɛsoaa adaka no. Na wɔde AWURADE adaka no ne ahyiaeɛ ntomadan no ne kronkronbea nnoɔma a ɛwɔ ntomadan no mu no nyinaa bae, asɔfoɔ ne Lewifoɔ no na wɔde foro baeɛ. Na Ɔhene Salomo ne Israel asafo a wɔabɛhyia ne nkyɛn no nyinaa ne no dii adaka no anim kunkumm nnwan ne anantwie a wɔn dodoɔ nti wɔntumi nkan mmu ano bɔɔ afɔdeɛ. Na asɔfoɔ no de AWURADE apam adaka no bɛsii n’afa, ɛdan no mpiakyire a ɛne kronkronkronbea no mu, kerubim no ntaban ase. Na kerubim no atrɛtrɛ wɔn ntaban mu, adaka no afa no so, na kerubim no kataa adaka no ne ɛho nnua no so. Na nnua no woware maa wɔhunuu nnua no ti kronkronbea hɔ wɔ mpiakyire no anim; na wɔnhu no adihɔ, na ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ. Biribiara nni adaka no mu, gye aboɔ apono mmienu a Mose de guu mu Horeb, berɛ a wɔfiri Misraim asase so reba a AWURADE ne Israelfoɔ pameeɛ no. Na asɔfoɔ no firii kronkronbea hɔ firii adie no, mununkum bɛhyɛɛ AWURADE dan no ma. Na mununkum no nti amma asɔfoɔ no antumi annyina ansom, ɛfiri sɛ na AWURADE animuonyam ahyɛ AWURADE dan no ma. Ɛno na Salomo kaa sɛ: AWURADE de owia asi soro, nanso ɔbɛtena esum kabii mu. Sie na masi ɛdan mayɛ no tenabea mama woɔ, baabi a wobɛtena hɔ daa. Na ɔhene danee n’ani, na ɔhyiraa Israel asafo no nyinaa, na Israel asafo no nyinaa gyinagyina hɔ. Na ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE, Israel Nyankopɔn a ɔde n’ano kasa kyerɛɛ m’agya Dawid, na ɔde ne nsa ama no aba mu sɛ: Ɛfiri da a mekɔyii me man Israel firii Misraim baeɛ no, manyi Israel mmusuakuo nyinaa mu kuro bi sɛ wɔnsi ɛdan, na me din ntena hɔ; na mafa Dawid sɛ ɔnni me man Israel so. Na ɛwɔ m’agya Dawid akoma mu sɛ anka ɔbɛsi ɛdan ama AWURADE Israel Nyankopɔn din. Na AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid sɛ: Sɛ ɛwɔ w’akoma mu sɛ anka wobɛsi ɛdan ama me din yi, woayɛ no yie deɛ, nanso ɛnyɛ wo na wobɛsi ɛdan no, na mmom wo ba a ɔfiri w’asene mu, ɔno na ɔbɛsi ɛdan ama me din. Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkaeɛ no atim, na masɔre masi m’agya Dawid ananmu, atena Israel ahennwa so, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no, na masi ɛdan no mama AWURADE, Israel Nyankopɔn din, na mayɛ hɔ afa bi mama adaka a apam a AWURADE de yɛn agyanom firi Misraim asase so reba no, ɔne wɔn pameeɛ no wɔ mu no. Na Salomo gyinaa AWURADE afɔrebukyia anim, Israel asafo nyinaa anim, na ɔtrɛɛ ne nsam kɔɔ soro kaa sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, Onyankopɔn bi nni ɔsoro a ɛwɔ atifi ne asase so ɛfam, sɛ wo a wokora apam ne adɔeɛ ma wo nkoa a wɔde wɔn akoma nyinaa nante w’anim no. Wo na woakora deɛ woka kyerɛɛ w’akoa m’agya Dawid no ama no; wode w’ano na ɛkaeɛ, na wode wo nsa ama no aba mu, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. Na afei, AWURADE, Israel Nyankopɔn, kora deɛ woaka akyerɛ w’akoa m’agya Dawid so no ma no, sɛdeɛ wokaa sɛ: Wɔremma onipa a ɔbɛtena Israel ahennwa soɔ mmmɔ no wo m’anim, hwɛ nko na wo mma nhwɛ wɔn kwan, sɛ wɔbɛnante m’anim sɛdeɛ wonantee m’anim no. Na afei, Israel Nyankopɔn, ma wo nsɛm a woka kyerɛɛ w’akoa m’agya Dawid no ntim ɛ! Na ampa sɛ Onyankopɔn bɛtena asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na nkantom ɛdan yi a masie yi! Nanso dane w’ani kyerɛ w’akoa mpaebɔ ne ne nkotosrɛ, AWURADE me Nyankopɔn, na tie nteamu ne mpaeɛ a w’akoa rebɔ no w’anim nnɛ yi, sɛ wobɛbue w’ani akyerɛ ɛdan yi anadwo ne awia, sɛdeɛ wokaa sɛ: Me din bɛtena hɔ no, na woatie mpaeɛ a w’akoa rebɔ kyerɛ ha yi. Na tie w’akoa ne wo man Israel nkotosrɛ a wɔde rebɔ mpaeɛ ha yi, na wo deɛ, tie no wo tenabea ɔsoro, na wote a, fa kyɛ! Sɛ obi yɛ ne yɔnko bɔne na wɔde ntam gye no sɛ ɔnka, na ntam no ba w’afɔrebukyia anim efie yi mu a, ɛnneɛ wo ara tie wɔ ɔsoro, na yɛ, na bu wo nkoa atɛn, sɛ wobɛbu ɔbɔnefoɔ fɔ ama ne kwan abua n’atifi, na woabu ɔteneneeni bem ama no sɛdeɛ ne tenenee teɛ. Sɛ wɔka wo man Israel gu wɔn atamfoɔ anim, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na wɔsane ba wo nkyɛn bɛbɔ wo din, na wɔbɔ wo mpaeɛ na wɔkoto srɛ wo efie yi mu a, ɛnneɛ wo ara tie wɔ ɔsoro, na fa wo man Israel bɔne kyɛ, na sane wɔn bra asase a wode maa wɔn agyanom no so. Sɛ wɔto ɔsoro mu na osuo ntɔ, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na wɔbɛbɔ mpaeɛ kyerɛ wɔ ha yi na wɔbɔ wo din, na wɔsane firi wɔn bɔne no ho, sɛ wɔabrɛ wɔn ase nti a, ɛnneɛ wo ara tie wɔ ɔsoro, na fa wo nkoa ne wo man Israel bɔne kyɛ, na kyerɛ wɔn ɔkwan pa a wɔmfa soɔ, na ma osuo ntɔ ngu w’asase a wode maa wo man sɛ agyapadeɛ no so. Sɛ ɛkɔm ba asase yi so oo, ɔyaredɔm ba oo, ɛhoɔ, ɛpoɔ, ntutummɛ, mmɛbɛ ba oo, sɛ wɔn atamfoɔ bɛhiahia wɔn ho wɔn kuro apono asase so oo, ɔhaw biara oo, yadeɛ biara oo, mpaebɔ biara, nkotosrɛ biara a onipa biara anaa wo man Israel nyinaa wɔ no, sɛ obiara bɛhunu n’akoma mu yea, na ɔbɛtrɛ ne nsa mu kyerɛ efie yi a, wo ara tie wɔ ɔsoro, wo tenabea hɔ na fa kyɛ, na yɛ ma onipa no sɛdeɛ n’akwan nyinaa teɛ, sɛdeɛ wohunu n’akomam no; na wo ara wo nko na wonim nnipa mma nyinaa akoma mu, deɛ ɛbɛyɛ na wɔasuro woɔ, nna a wɔde bɛtena asase a wode maa yɛn agyanom no soɔ no nyinaa. Afei nso, ɔhɔhoɔ a ɔmfiri wo man Israel mu na wo din nti ɔfiri akyirikyiri asase bi so aba, (ɛfiri sɛ wɔbɛte wo din kɛseɛ ne wo nsa denden ne wo basa a woama so no nka), sɛ ɔba bɛbɔ mpaeɛ kyerɛ ɛdan yi a, wo ara tie wɔ ɔsoro, wo tenabea hɔ, na yɛ sɛdeɛ ɔhɔhoɔ no su frɛ woɔ no nyinaa, deɛ ɛbɛyɛ na asase so aman nyinaa ahunu wo din na wɔasuro woɔ, sɛ wo man Israel, na wɔahunu sɛ, wo din na wɔde frɛ ɛdan a masie yi. Sɛ wo man firi adi ne wɔn atamfoɔ kɔdi ako, ɔkwan a wobɛsoma wɔn so, na wɔbɔ AWURADE mpaeɛ kyerɛ kuro a woayie ne ɛdan a masi mama wo din yi a, ɛnneɛ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ wɔ ɔsoro, na di wɔn asɛm ma wɔn. Sɛ wɔyɛ wo bɔne — ɛfiri sɛ onipa biara nni hɔ a ɔnyɛ bɔne, — na wofa wɔn abufuo, na woyi wɔn ma wɔn atamfoɔ, na ɛdɔm soa wɔn nnommum kɔ atamfoɔ asase so akyirikyiri oo, mmɛnkyɛneeɛ oo, na wɔma no ka wɔn akoma, asase a wɔafa wɔn nnommum kɔ hɔ no so, na wɔdane wɔn ho, na wɔkoto srɛ wo wɔn nnommumfafoɔ asase no so ka sɛ: Yɛayɛ bɔne na yɛafom, yɛadi abɔnefosɛm, na wɔde wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa sane ba wo nkyɛn, wɔn atamfoɔ a wɔfaa wɔn nnommum kɔeɛ no asase so, na wɔbɔ wo mpaeɛ kyerɛ wɔn asase a wode maa wɔn agyanom no, kuro a woayie ne ɛdan a masi mama wo din yi a, ɛnneɛ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ wɔ ɔsoro, wo tenabea hɔ, na di wɔn asɛm ma wɔn, na fa wo man bɔne a wɔayɛ woɔ ne wɔn mmarato a wɔato afom woɔ no nyinaa kyɛ wɔn, na ma wɔnnya wɔn nnommumfafoɔ no anim mmɔborɔhunu, na wɔnhu wɔn mmɔbɔ. Ɛfiri sɛ wɔyɛ wo man ne w’agyapadeɛ a woyii wɔn Misraim firii dadeɛ fononoo mu de wɔn baeɛ no, na bue w’ani ma w’akoa nkotosrɛ ne wo man Israel nkotosrɛ, na tie wɔn deɛ wɔsu frɛ woɔ no nyinaa mu. Na wo AWURADE Nyankopɔn, wo ara na woyii wɔn yɛɛ agyapadeɛ firii asase so aman nyinaa mu, sɛdeɛ wonam w’akoa Mose so kaeɛ ɛberɛ a woyii yɛn agyanom firii Misraim baeɛ no. Na Salomo wiee mpaeɛ a ɔbɔɔ AWURADE ne nkotosrɛ yi nyinaa no, ɔsɔre firii afɔrebukyia no anim, na ɔgyaee ne nankoroma anim kotoɔ ne ne nsam trɛ a ɔtrɛ kyerɛɛ ɔsoro no. Na ɔgyinaa hɔ de nne kɛseɛ hyiraa Israel asafo no nyinaa sɛ: Nhyira ne AWURADE a wama ne man Israel ahome. N’asɛmpa a ɔnam n’akoa Mose so kaeɛ no nyinaa mu asɛm baako mpo antɔ fam. AWURADE yɛn Nyankopɔn nni yɛn akyi, sɛdeɛ ɔdii yɛn agyanom akyire no, ɔnnnya yɛn, na ɔmmpa yɛn nso. Na ɔnkom yɛn akoma mmra ne so, na yɛanante n’akwan nyinaa mu, na yɛadi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ a ɔhyɛɛ yɛn agyanom no so. Na ma me nsɛm a mede mekoto mesrɛ AWURADE anim yi mmɛn AWURADE yɛn Nyankopɔn awia ne anadwo, na ɔnni n’akoa asɛm ne ne man Israel asɛm mma wɔn, sɛdeɛ ɛhia da biara, na asase so aman nyinaa nhunu sɛ: AWURADE ne Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio. Na momma mo akoma nni mu AWURADE yɛn Nyankopɔn anim, sɛ mobɛnante n’ahyɛdeɛ soɔ, na moadi ne mmara nsɛm soɔ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. Ɛnna ɔhene ne Israel nyinaa bɔɔ mu bɔɔ afɔdeɛ AWURADE anim. Na Salomo de anantwie mpem aduonu mmienu ne nnwan mpem ha aduonu bɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ maa AWURADE. Na saa na ɔhene ne Israelfoɔ nyinaa dwiraa AWURADE fie. Da no ara ɔhene yɛɛ AWURADE dan no anim abannwa no kronkron, na ɛhɔ na ɔhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no, ɛfiri sɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim no sua dodo sɛ wɔbɛhye ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no wɔ so. Na Salomo dii nnapɔnna no ɛberɛ no mu, na Israel nyinaa ka ne ho, asafo kɛseɛ, wɔfiri deɛ wɔrekɔ Hamat de bɛsi Misraim subonhwa ano, wɔdii AWURADE yɛn Nyankopɔn anim nnapa nnanson. Da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔgyaa ɔman no kwan maa wɔkɔe; na wɔhyirahyiraa ɔhene, na wɔde papa a AWURADE ayɛ ama n’akoa Dawid ne ne man Israel nyinaa no ho anigyeɛ ne akoma pa sii mu kɔɔ wɔn afie mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Salomo wiee AWURADE fie ne ahemfie no sie, ne deɛ ɔpɛɛ sɛ ɔsie nyinaa yɛ no, AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no ne mprenu so, sɛdeɛ ɔyii ne ho kyerɛɛ no wɔ Gibeon no. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Mate wo mpaebɔ ne wo nkotosrɛ a wobɛsrɛɛ no m’anim no, na mayɛ efie a woasi yi kronkron, sɛ mede me din bɛto so akɔsi daa, na m’ani ne m’akoma atena hɔ nna nyinaa. Na wo deɛ, sɛ wonante m’anim sɛdeɛ w’agya Dawid nanteeɛ no, akoma mu pɛyɛ ne tee mu, sɛ wobɛyɛ sɛdeɛ mahyɛ woɔ nyinaa, na woadi m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ so a, ɛnneɛ mɛma wo hene a wodi Israel soɔ no adwa atim akɔsi daa, sɛdeɛ mekaa no w’agya Dawid ho sɛ: Onipa remmɔ wo, Israel ahennwa soɔ no. Na sɛ mo ne mo mma sane firi m’akyire, na moanni me mmara nsɛm, m’ahyɛdeɛ a mede magu mo anim yi so, na mokɔ kɔsom anyame foforɔ na mosɔre wɔn a, ɛnneɛ mɛtwa Israel afiri asase a mede mama wɔn no ani, na efie a mayɛ no kronkron ama me din no, mɛto afiri m’anim atwene, na Israel bɛdane ɛbɛ ne fɛwdie aman nyinaa mu. Na ɛdan yi, bɛyɛ dammoto na obiara a ɔtwam wɔ ho no ho bɛdwiri no, na wabɔ kyɛkyɛ, na waka sɛ: Ɛnam ɛdeɛn so nti na AWURADE ayɛ asase yi ne efie yi sɛɛ? Ɛno na wɔbɛbua sɛ: Ɛfiri sɛ wɔagya AWURADE wɔn Nyankopɔn a ɔyii wɔn agyanom firii Misraim asase so baeɛ no, na wɔakɔsosɔ anyame foforɔ mu asɔre wɔn asom wɔn, enti na AWURADE de bɔne yi nyinaa aba wɔn soɔ yi. Na mfeɛ aduonu a Salomo de sisii afie mmienu, AWURADE fie ne ahemfie no, akyire yi no, nso Tirohene Hiram de ntweneduro nnua ne papea nnua ne sika, sɛdeɛ ɔpɛ, maa Salomo. Ɔhene Salomo maa Hiram nkuro aduonu wɔ Galilea asase so. Na Hiram firii Tiro bɛhwɛɛ nkuro a Salomo de maa no no, nanso ansɔ n’ani. Na ɔkaa sɛ: Nkuro bɛn na wode ama me yi, me nua? Sei nti na wɔfrɛ hɔ Kabul Asase, de bɛsi nnɛ. Na Hiram soma maa wɔde sika dwetikɛseɛ ɔha aduonu brɛɛ ɔhene. Na adwuma toɔ a Ɔhene Salomo gyee sɛ ɔde rebɛsi AWURADE fie, ne ɔno ara ne fie, ne Milo, ne Yerusalem fasuo ne Hasor, Megido ne Geser no ho asɛm nie: (Misraimhene Farao aforo abɛfa Geser de ogya ahye, na wakum Kanaanfoɔ a wɔte kuro no mu no, na ɔde ama ne babaa, Salomo yere no, sɛ awaredeɛ. Na Salomo kyekyeree Geser) ne Bet-horon a ɛwɔ anafoɔ ne Baalat ne Tamar a ɛwɔ ɛserɛ so asase no soɔ, ne aduanekora nkuro a Salomo wɔ nyinaa, ne nteaseɛnam nkuro, ne apɔnkɔsotefoɔ nkuro ne Salomo adeɛ a ɔpɛ sɛ ɔsi no Yerusalem ne Lebanon ne asase a ɔdi soɔ nyinaa no so. Nkurɔfoɔ a wɔaka wɔ Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ mu a wɔmfiri Israelfoɔ mu no, wɔn a Israel mma antumi ansɛe wɔn no mma a wɔkaa wɔn akyi, asase no soɔ no, Salomo yɛɛ wɔn ɔhyɛ adwumayɛfoɔ de bɛduru nnɛ yi. Na Israelfoɔ no mu deɛ, Salomo amfa obi anyɛ akoa, ɛfiri sɛ wɔn na wɔyɛ akofoɔ ne ne gyaasefoɔ ne ne mmapɔmma ne ne mmarima akunini ne ne nteaseɛnam so ahwɛfoɔ ne n’apɔnkɔsotefoɔ. Yeinom ne Salomo adwuma so ahwɛfoɔ mu mpanin: Ahanum aduonum a wɔdi nkurɔfoɔ a wɔkura adwuma no mu no soɔ. Nso Farao babaa no firii Dawid kuro no mu baa ne dan a Salomo si maa no no mu. Afei ɔsii Milo. Na Salomo bobɔɔ afɔdeɛ afe mu mprɛnsa, ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ, wɔ afɔrebukyia a ɔsi maa AWURADE no so, na ɔhyee aduhwam wɔ deɛ ɛsi AWURADE anim no so. Na ɔwiee efie no koraa. Na Ɔhene Salomo yɛɛ ahyɛn wɔ Esion-geber a ɛwɔ Elot ho, Mmɛwa Po ano, Edom asase so. Na Hiram somaa ne nkoa a wɔyɛ hyɛn mufoɔ a wɔnim ɛpo so adwuma maa wɔkaa Salomo nkoa ho ahyɛn no mu. Na wɔkɔɔ Ofir kɔgyee sika hɔ, dwetikɛseɛ ahanan aduonu, na wɔde brɛɛ Ɔhene Salomo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Seba hemmaa tee Salomo nka a ɛfa AWURADE din ho, na ɔbaa sɛ ɔde nsɛm a emu yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ, na ɔne ɛdɔm kɛseɛ de yoma a wɔsoso nnuhwam ne sika bebree pa ne aboɔden aboɔ baa Yerusalem. Na ɔduruu Salomo nkyɛn no, ɔne no bɔɔ deɛ ɛwɔ n’akomam nyinaa ho nkɔmmɔ. Na Salomo buaa no ne nsɛm nyinaa; asɛm biara anhunta ɔhene a wantumi ammua no. Na Seba hemmaa no hunuu Salomo nyansa nyinaa, ne efie a wasie no, ne ne pono so nnuane, ne ne nkoa atenaeɛ, ne n’asomfoɔ gyinabea ne wɔn ntadeɛ ne ne nsahyɛfoɔ ne n’afɔreɛ a ɔbɔɔ no AWURADE fie, na ne ho dwirii no. Na ɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Wo nneyɛɛ ne wo nyansa ho nsɛm a metee no m’asase soɔ no yɛ nokorɛ; na mannye nsɛm no anni de bɛsii sɛ mebaeɛ, na mede m’ani abɛhunu yi; na hwɛ, wɔanka me emu fa mpo; wo nyansa ne w’ahonyadeɛ sene deɛ meteeɛ no. Nhyira ne wo yerenom, nhyira ne w’asomfoɔ yi a wɔgyinagyina w’anim daa yi tie wo nyansa no. Nhyira nka AWURADE wo Nyankopɔn a ɔpɛ w’asɛm na ɔde wo atena Israel ahennwa soɔ. Sɛ AWURADE dɔ Israel de rekɔsi daa nti, na wasi wo hene sɛ yɛ atemmudeɛ ne teneneedeɛ. Na ɔmaa ɔhene sikakɔkɔɔ dwetikɛseɛ ɔha aduonu ne nnuhwam bebree pa ara ne aboɔden aboɔ; nnuhwam bebree saa bi amma bio, sɛdeɛ Seba hemmaa de maa Ɔhene Salomo no. Na Hiram ahyɛnkuo a ɛde sika firi Ofir baeɛ no de samfona nnua bebree pa ara ne aboɔden aboɔ bae. Na ɔhene de samfona nnua no yɛɛ AWURADE fie ne ɔhene fie aforoeɛ ne nsankuo ne mmɛnta maa nnwontofoɔ no. Saa samfona nnua bi amma bio, na wɔanhunu saa bio de bɛsi nnɛ. Na Ɔhene Salomo maa Seba hemmaa no deɛ ɔbisaeɛ nyinaa; ɛsono deɛ ɛfiri Ɔhene Salomo ankasa akoma mu a ɔde maa no. Na ɔsane sii mu kɔɔ n’asase so, ɔno ne n’asomfoɔ. Sika a na ɛba Salomo nsam afe baako mu duro yɛ sika dwetikɛseɛ ahansia aduosia nsia, ɛsono deɛ ɛfiri adwadifoɔ hɔ ne akwantemfoɔ batadie mu, ne deɛ ɛfiri Arabia ahemfo nyinaa ne asase no so amradofoɔ no nsam. Na Salomo de sika a wɔaborɔ yɛɛ akyɛm ahanu; sika nnwetɛbena ahansia na ɔde duraa akyɛm no mu baako biara ho; na ɔde sika a wɔaborɔ yɛɛ akyɛm nkumaa ahasa; sika mmɛnaa mmiɛnsa na ɔde duraa akyɛm no mu biara ho. Na ɔhene de kɔsii Lebanon Kwaeɛ Dan no mu. Na ɔhene yɛɛ asonse ahennwa kokuroo, na ɔde sika amapa duraa ho. Adwa no wɔ ntwedeɛ nsia, na akyire na nantwie tiri wɔ; na adwa no tiri a ɛwɔ akyire yɛ kurukuruwa, na nsa wowɔ ha ne ha wɔ atenaeɛ no ho, na agyata mmienu gyinagyina nsa no ho. Na agyata dummienu gyinagyina ntwedeɛ nsia no so ha ne ha; ɛso bi nni ahennie biara mu. Na Ɔhene Salomo nkuruwa a ɔnom mu nyinaa yɛ sika, na Lebanon Kwaeɛ Dan mu nnoɔma nyinaa yɛ sika amapa. Na dwetɛ, nni mu, ɛfiri sɛ na wɔmmu no ade titire bi wɔ Salomo berɛ so. Na ɔhene ahyɛn wɔ Tarsis ɛpo no so a ɛka Hiram hyɛn ho; mfensa mu Tarsis ahyɛn no ba prɛko de sika ne dwetɛ, asonse ne nkontromfi ne nkokɔnini-abankwaa ba. Na Ɔhene Salomo yɛɛ kɛse sene asase so ahemfo nyinaa, ahodeɛ ne nyansa fam. Na asase nyinaa hwehwɛɛ Salomo anim ahunu, sɛ wɔbɛtie ne nyansa a Onyankopɔn de ahyɛ ne tiri mu no. Na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ ba mmaako mmaako, dwetɛ nnoɔma ne sika nnoɔma ne ntadeɛ ne nkuu hwanhwam ne nnuhwam, apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ, afe biara ne ne deɛ. Na Salomo boaboaa nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ano, na ɔnyaa nteaseɛnam apem ne ahanan ne apɔnkɔsotefoɔ mpemdumienu, na ɔde wɔn duaduaa nteaseɛnam nkuro mu ne ɔhene nkyɛn Yerusalem. Na ɔhene maa dwetɛ buu so sɛ aboɔ wɔ Yerusalem, na ntweneduro nso yɛɛ pii sɛ akyee nnua a ɛwɔ asaseta soɔ no. Na Salomo kra n’apɔnkɔ firi Misraim ne Kue, deɛ ɔhene adwadifoɔ asafo kɔtotɔ apɔnkɔ kuo, sɛdeɛ wɔn boɔ teɛ, de ba. Na wɔde teaseɛnam firi Misraim ba, bɛgye dwetɛ nnwetɛbena ahansia, ne ɔpɔnkɔ nso, ɔha aduonum; na saa ara na adwadifoɔ de bi brɛ Hetifoɔ ahemfo nyinaa ne Siria ahemfo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Ɔhene Salomo dɔɔ aman foforɔ so mmaa bebree kaa Farao babaa no ho, wɔne Moabfoɔ, Amonfoɔ, Edomfoɔ, Sidonfoɔ ne Hetifoɔ mmaa a wɔfiri amanaman a AWURADE kaa wɔn ho asɛm kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Monnkɔ wɔn mu awareɛ na wɔn nso mmma mo mu, na wɔankom mo akoma anni wɔn anyame no akyi; wɔn na Salomo bataa wɔn ho ɔdɔ mu. Na ɔwɔ yerenom, ahenemma ahanson ne mpenafoɔ nso ahasa; na ne yerenom no maa ɔdanee n’akoma firii Onyankopɔn ho. Na ɛbaa sɛ, Salomo nkɔkoraa berɛ mu no, ne yerenom danee n’akoma kɔdii anyame foforɔ akyi, na n’akoma anni mu AWURADE ne Nyankopɔn ho sɛ n’agya Dawid akoma. Na Salomo kɔdii Sidonfoɔ nyamewa Astoret ne Amonfoɔ Milkom a ɛyɛ akyiwadeɛ no akyi. Na Salomo yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wantumi anni AWURADE akyiri sɛ n’agya Dawid. Ɛno mu na Salomo sii sorɔnsorɔmmea maa Moabfoɔ Kemos a ɛyɛ akyiwadeɛ, bepɔ a ɛwɔ Yerusalem apueeɛ so, ne Amon mma Molek a ɛyɛ akyiwadeɛ. Na saa na ɔyɛ maa ne yerenom ananafoɔ ma wɔhyee aduhwam na wɔbɔɔ afɔdeɛ maa wɔn anyame no nyinaa. Na AWURADE bo fuu Salomo, ɛfiri sɛ n’akoma adane afiri AWURADE, Israel Nyankopɔn a wayi ne ho akyerɛ no mprenu na wahyɛ no asɛm yi ho mmara sɛ ɔnnkɔdi anyame foforɔ akyi; nanso wanni deɛ AWURADE hyɛɛ no no so. Na AWURADE ka kyerɛɛ Salomo sɛ: Ɛsiane sɛ yei wɔ w’adwene mu, na woanni m’apam ne m’ahyɛdeɛ a mehyɛɛ woɔ no soɔ nti, teɛ na mɛte ahennie no mafiri wo nsam, na mede mama w’akoa. Nanso wo berɛ so deɛ, merenyɛ, ɛsiane w’agya Dawid nti, na wo ba nsam na mɛte afire; nanso m’akoa Dawid ne Yerusalem a mafa no nti, merente ahennie no nyinaa, na mede abusuakuo baako bɛma wo ba. Na AWURADE maa ɔperedifoɔ bi, Edomni Hadad, sɔre tiaa Salomo; ɔfiri ɔhene asefoɔ mu wɔ Edom. Ɛberɛ a na Dawid wɔ Edom na ɔsahene Yoab kɔɔ sɛ ɔrekɔsie wɔn a wɔatotɔ no, ɔkumm Edom mmarima nyinaa, (na Yoab ne Israel nyinaa tenaa hɔ abosome nsia kɔsii sɛ ɔkumm Edom mmarima nyinaa). Na Hadad ne Edom mmarima bi a wɔfiri n’agya nkoa mu dwane kɔɔ Misraim; saa berɛ no na Hadad yɛ abɔfra kumaa. Na wɔsɔre firii Midian, na wɔkɔduruu Paran; na wɔfaa mmarima bi wɔ Paran kaa wɔn ho, na wɔkɔɔ Misraim, Misraimhene Farao nkyɛn; na ɔmaa no efie na ɔhyɛɛ aduane a wɔmma no, na wɔmaa no asase nso. Na Hadad nyaa Farao anim animuonyam pii, na ɔde ne yere Tapenes nua, maa no awareɛ. Na Tapenes nua woo ne babarima Genubat maa no, na Tapenes twaa no nufoɔ Farao fie, na Genubat wɔ Farao fie, Farao mma mu. Na Hadad tee no Misraim sɛ Dawid ne n’agyanom akɔda na ɔsahene Yoab nso awuo no, Hadad ka kyerɛɛ Farao sɛ: Gya me kwan ma menkɔ m’asase so. Ɛnna Farao bisaa no sɛ: Na ɛdeɛn na ɛhia wo me nkyɛn ha na worehwehwɛ w’asase so akorɔ yi? Na ɔbuaa sɛ: Ɛnyɛ biribiara, nanso gya me kwan ma menkɔ. Na Onyankopɔn maa ɔtamfoɔ bi, Eliada ba Reson a ɔdwane firii ne wura Hadad-eser, Sobahene, nkyɛn no sɔre tiaa no. Ɔno na ɔboaa mmarima ano, na ɔyɛɛ asafo no so safohene, berɛ a Dawid kumm Sobafoɔ no; na wɔkɔɔ Damasko kɔtenaa hɔ, na ɔdii hene Damasko. Na ɔyɛɛ Israel tamfoɔ Salomo nna nyinaa, kaa bɔne a Hadad yɛeɛ no ho; na ɔkyirii Israel, na ɔdii Siria so hene. Na Nebat ba Yeroboam, Efratini a ɔfiri Sereda a ɔyɛ Salomo akoa, na ne na din de Serua, ɔbaa kunafoɔ bi, nso tee ɔhene so atua. Na deɛ ɛmaa no tee ɔhene so atua ne sɛ: Salomo kyekyeree Milo na ɔtuatuaa n’agya Dawid kuro ho fasuo mu. Na ɔbarima Yeroboam no yɛ ɔbarima a ɔyɛ nnam, na Salomo hunuu aberanteɛ no sɛ ɔyɛ ɔdeyɛfoɔ no, ɔmaa no yɛɛ Yosef fie adwumayɛfoɔ no nyinaa so hwɛfoɔ. Na berɛ no mu, Yeroboam firi Yerusalem rekorɔ no, Odiyifoɔ Ahia, Siloni, bɛhunuu no ɔkwan no so; nso na ɔfira ntoma foforɔ, na wɔn mmienu pɛ na na ɛwɔ wiram hɔ. Na Ahia sɔɔ ntoma foforɔ a ɛfira no no mu, na ɔsunsuanee mu asinasini dummienu, na ɔka kyerɛɛ Yeroboam sɛ: Yi asinasini du fa, na sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, merebɛte ahennie no mafiri Salomo nsam, na mede mmusuakuo du mama wo. Na m’akoa Dawid ne kuro Yerusalem a mafa afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu no nti, abusuakuo baako na ɛbɛyɛ ne deɛ; ɛsiane sɛ wɔagya me na wɔakɔsɔre Sidonfoɔ nyamewa Astoret ne Moabfoɔ nyame Kemos ne Amon mma nyame Milkom, na wɔannante m’akwan mu sɛ ɔbɛyɛ deɛ ɛtene m’ani soɔ ne m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ sɛ n’agya Dawid. Nanso merennye ne nsam ahennie no nyinaa, na m’akoa Dawid a mafa no a ɔdii me mmara nsɛm ne m’ahyɛdeɛ soɔ no nti, mɛsi no ɔman so panin ne nkwa nna nyinaa. Na mɛgye ahennie no ne ba nsam, na mede mmusuakuo du mama wo. Na ne ba no, mede abusuakuo baako bɛma no, deɛ ɛbɛyɛ na kanea atena hɔ ama m’akoa Dawid nna nyinaa wɔ m’anim Yerusalem kuro a mayi mafa sɛ mede me din bɛto hɔ no mu. Na wo na mɛfa wo mama woadi hene sɛdeɛ wo kra pɛ nyinaa, na woayɛ Israel so hene. Na sɛ wotie deɛ mɛhyɛ woɔ nyinaa na wonante m’akwan so na woyɛ deɛ ɛtene m’ani soɔ, sɛ wobɛdi m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm soɔ sɛdeɛ m’akoa Dawid yɛeɛ no a, ɛnneɛ mɛdi w’akyi na masi efie a ɛtim hɔ mama wo; sɛdeɛ mesi memaa Dawid no, na mede Israel mama wo. Na yei nti mɛbrɛ Dawid asefoɔ ase, nanso ɛnyɛ nna nyinaa. Na Salomo hwehwɛɛ sɛ ɔkum Yeroboam; na Yeroboam sɔre dwane kɔɔ Misraim, Misraimhene Sisak nkyɛn; na ɔtenaa Misraim kɔsii sɛ Salomo wuiɛ. Na Salomo ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne nyansa no, wɔatwerɛ no Salomo ho nsɛm nwoma no mu. Na nna a Salomo de dii hene Yerusalem Israel nyinaa soɔ yɛ mfirinhyia aduanan. Na Salomo tii ne nananom wɔ asamando, na wɔsiee no n’agya Dawid kuro mu; na ne ba Rehoboam bɛdii n’adeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Rehoboam sii mu kɔɔ Sekem; na Sekem na Israel nyinaa aba sɛ wɔrebɛsi no hene. Na Nebat ba Yeroboam teeɛ no, ɔno deɛ, (na ɔda so wɔ Misraim a ɔdwane firii Ɔhene Salomo anim kɔɔ hɔ no), na ɔte Misraim, na wɔsoma maa wɔkɔhyiaa no bae, na Yeroboam ne Israel asafo nyinaa baeɛ no, wɔbɛka kyerɛɛ Rehoboam sɛ: W’agya maa yɛn kɔnnua yɛɛ duru, na wo deɛ, afei yi w’agya ɔsom denden ne ne kɔnnua duruduro a ɔde too yɛn soɔ no so ma no nyɛ hare, na yɛnsom wo. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ, na nnansa monsane mmra me nkyɛn. Na ɔman no kɔe. Na Ɔhene Rehoboam ne mpanimfoɔ a n’agya Salomo da so te aseɛ no, na wɔyɛ n’afotufoɔ no tuu agyina sɛ: Ɛfoɔ bɛn na moretu me na mede mabua ɔman yi? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ ɛnnɛ woyɛ akoa ma ɔman yi na wosom wɔn na wobua wɔn na woka wɔn asɛmpa a, ɛnneɛ wɔbɛyɛ wo nkoa nna nyinaa. Na ɔgyaa mpanimfoɔ fo a wɔtuu no no, na ɔne mmeranteɛ a wɔne no nyiniiɛ a wɔyɛ n’afotufoɔ no kɔtuu agyina, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛfoɔ bɛn na mo nso motuo, na yɛde abua ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ me sɛ: Yi kɔnnua a w’agya de too yɛn kɔn soɔ no so ma no nyɛ hare, no? Na mmeranteɛ a wɔne no nyiniiɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Sei na ka kyerɛ ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ wo sɛ: W’agya maa yɛn kɔnnua yɛɛ duru, na wo deɛ, yɛ no hare ma yɛn no, sei na ka kyerɛ wɔn: Me kɔkorɔmmɔto so sene m’agya asene, na afei, m’agya de kɔnnua duruduro soaa mo, na me deɛ, mɛto mo kɔnnua no so; m’agya de mpire na ɛhwee mo, na me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛhwe mo. Na Yeroboam ne ɔman no nyinaa san baa Rehoboam nkyɛn da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, sɛdeɛ ɔhene kaeɛ sɛ: Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, monsane mmra me nkyɛn, no. Na ɔhene de asɛmdenden buaa ɔman no, na ɔgyaa mpanimfoɔ no fo a wɔtuu no no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ mmeranteɛ no tuu no foɔ no, sɛ: M’agya maa mo kɔnnua yɛɛ duru, na me deɛ, mɛto mo kɔnnua no so. M’agya de mpire na ɛhwee mo, na me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛhwe mo. Na ɔhene antie ɔman no, ɛfiri sɛ AWURADE na ɔdanee no saa, sɛ ɔbɛma n’asɛm a AWURADE nam Siloni Ahia so ka kyerɛɛ Nebat ba Yeroboam no aba mu. Na Israel nyinaa hunuu sɛ ɔhene antie wɔn no, ɔman no buaa ɔhene sɛ: Kyɛfa bɛn na yɛwɔ no Dawid mu? Yɛnni agyapadeɛ bi Yisai ba no mu, monkɔ mo afie mu, Israel, afei Dawid, hwɛ wo ara wo fie so. Ɛnna Israel sii mu kɔɔ wɔn afie. Na Israelfoɔ a wɔtete Yuda nkuro mu no deɛ, Rehoboam dii wɔn so hene. Na Ɔhene Rehoboam somaa Adoram a ɔdi ɔhyɛ adwumayɛ toɔ soɔ no; na Israel nyinaa sii no aboɔ maa no wuiɛ. Ɛnna Ɔhene Rehoboam yɛɛ ntɛm faa teaseɛnam sɛ ɔredwane aba Yerusalem. Ɛno nti Israel wae firii Dawid fie ho de bɛsi nnɛ. Na Israel nyinaa tee sɛ Yeroboam asane aba no, wɔsoma maa wɔkɔhyiaa no baa asafo no mu, na wɔsii no Israel nyinaa so hene; obiara nni hɔ a ɔdii Dawid fie akyire sɛ Yuda abusuakuo nko. Na Rehoboam duruu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda fie nyinaa ne Benyamin abusuakuo ano, nnipa a wɔayi wɔn a wɔtu sa mpemha aduɔwɔtwe sɛ ɔne Israel fie rekɔko, na wɔadane ahennie no ama Salomo ba Rehoboam. Na Nyankopɔn asɛm baa Nyankopɔn nipa Semaia nkyɛn sɛ: Ka kyerɛ Salomo ba Rehoboam, Yuda hene, ne Yuda ne Benyamin fie nyinaa ne ɔman no nkaeɛ sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Mommforo nnkɔ na mo ne mo nuanom Israel nnkɔko, monsane nkɔ mo afie; na me na asɛm yi firi me. Na wɔtiee AWURADE asɛm no, na wɔsane kɔe, sɛdeɛ AWURADE asɛm no seɛ no. Na Yeroboam kyekyeree Sekem, Efraim bepɔ so tenaa mu; na ɔfirii hɔ kɔkyekyeree Penuel. Na Yeroboam see n’akoma mu sɛ: Afei na ahennie no bɛsane akɔ Dawid fie, sɛ ɔman yi foro kɔbɔ afɔdeɛ AWURADE fie Yerusalem a, ɛnneɛ ɔman yi akoma bɛdane akɔ wɔn wura Rehoboam, Yuda hene nkyɛn, na wɔaku me, na wɔasane akɔ Yudahene Rehoboam nkyɛn. Na ɔhene no tuu agyina, na ɔyɛɛ sika nantwie mma mmienu, na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Moaforo akɔ Yerusalem bi ara! Israel, hwɛ wo anyame a ɔde wo firi Misraim baeɛ nie. Na ɔde baako kɔsii Betel na ɔde baako nso kɔsii Dan. Na asɛm yi danee bɔne, na ɔman no fa kɔɔ baako yi anim wɔ Dan, na baako no nso kɔɔ Betel. Na ɔyɛɛ sorɔnsorɔmmea fie, na ɔde ɔman no nyinaa mu nnipa a wɔmfiri Lewi mma mu sisii asɔfoɔ. Na Yeroboam hyɛɛ dapɔnna bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu, bosome no da a ɛtɔ so dunum so, sɛ dapɔnna a wɔdi no Yuda no, na ɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so. Saa na ɔyɛɛ no Betel, ɔbɔɔ afɔdeɛ maa nantwie mma a ɔyɛeɛ no, na ɔde sorɔnsorɔmmea a ɔyɛeɛ no asɔfoɔ duaa Betel. Na ɔbɔɔ afɔdeɛ afɔrebukyia a ɔyɛɛ no Betel no so, bosome a ɛtɔ so nwɔtwe da a ɛtɔ so dunum no so, bosome a ɔno nko ara bɔɔ ne tirim hyɛeɛ no mu, na ɔhyɛɛ dapɔnna maa Israelfoɔ, na ɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so, na ɔhyee aduhwam.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na hwɛ, Nyankopɔn nipa bi firi Yuda nam AWURADE asɛm so baa Betel, na Yeroboam gyina afɔrebukyia no ho rebɛhye aduhwam. Na ɔnam AWURADE asɛm so teaa mu tiaa afɔrebukyia no sɛ: Afɔrebukyia, afɔrebukyia, sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, wɔbɛwo ɔba ama Dawid fie a ne din de Yosia, na wo so na ɔde sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ a wɔhye wo so aduhwam bɛbɔ afɔdeɛ, na wahye nnipa nnompe wɔ wo so. Na ɔmaa nsɛnkyerɛnneɛ da no ara sɛ: Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ sɛ AWURADE na aka, hwɛ, afɔrebukyia no bɛbubu, na nso a ɛwɔ soɔ no ahwie agu. Na ɔhene tee Nyankopɔn nipa no asɛm a ɔteaa mu tiaa afɔrebukyia a ɛwɔ Betel no, Yeroboam tenee ne nsa firii afɔrebukyia no so kaa sɛ: Monkye no. Na ne nsa a ɔtenee no ne soɔ no senee kyerebann, na wantumi antwe amma ne ho. Na afɔrebukyia no bubui, na nso no firii afɔrebukyia no so gui, sɛdeɛ nsɛnkyerɛnneɛ a Nyankopɔn nipa no de AWURADE asɛm kaeɛ no teɛ no. Ɛnna ɔhene srɛɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: Afei pa AWURADE wo Nyankopɔn kyɛw na srɛ ma me, na me nsa nsane mmra me ho. Na Nyankopɔn nipa no paa AWURADE kyɛw, na ɔhene nsa no sane baa ne ho, na ɛyɛɛ sɛ kane no. Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: Wo ne me nkɔ fie, na kɔdwodwo wo ho, na mɛkyɛ wo adeɛ. Na Nyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Sɛ wode wo fie fa bɛma me mpo a, me ne wo renkɔ, na merenni aduane, nso merennom nsuo ɛha yi, ɛfiri sɛ wɔde AWURADE asɛm hyɛɛ me sɛ: Nni aduane na nnom nsuo wɔ hɔ, na nsane mfa ɔkwan a wonam so kɔeɛ no so. Na ɔfaa ɔkwan foforɔ so, a wansane amfa ɔkwan a ɔnam so kɔɔ Betel no so. Nso na odiyifoɔ akɔkoraa bi te Betel; na ne mma kɔkaa no nneyɛɛ a Nyankopɔn nipa no bɛyɛɛ no Betel da no; nsɛm a ɔkaa ɔhene no nso, wɔkɔka kyerɛɛ wɔn agya. Na wɔn agya no bisaa wɔn sɛ: Ɔkwan bɛn so na ɔfaeɛ? Na ne mma no hunuu ɔkwan a Nyankopɔn nipa a ɔfiri Yuda baeɛ no faa soɔ. Na ɔka kyerɛɛ ne mma sɛ: Monhyehyɛ afunumu no mma me. Na wɔhyehyɛɛ afunumu no maa no, na ɔtenaa so, na ɔsii mu tii Nyankopɔn nipa no, na ɔkɔtoo no sɛ ɔte odum kɛseɛ no aseɛ. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wone Nyankopɔn nipa a wofiri Yuda baeɛ no? Na ɔse: Mene no. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wone me nkɔ fie na kɔdidi. Na ɔse: Mentumi ne wo nsane na me ne wo nkɔ, nso merennidi na me ne wo rennom nsuo ɛha yi, na wɔnam AWURADE asɛm so see me sɛ: Nni aduane na nnom nsuo hɔ, nsane mfa ɔkwan a wonam so kɔeɛ no so. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me nso meyɛ odiyifoɔ sɛ wo, na ɔbɔfoɔ bi nam AWURADE asɛm so aka akyerɛ me sɛ: Kɔsane no na ɔne wo mmra wo fie, na ɔmmɛdi aduane na ɔnnom nsuo. Nanso atorɔ na ɔdi kyerɛɛ no. Ɛnna ɔne no saneeɛ, na ɔkɔdidii ne fie, na ɔnom nsuo. Na wɔte pono ho no, AWURADE asɛm baa odiyifoɔ a ɔkɔsanee no baeɛ no nkyɛn, na ɔteaa mu kyerɛɛ Nyankopɔn nipa a ɔfiri Yuda baeɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛnam sɛ woate AWURADE anomu asɛm ho atua na woanni mmara asɛm a AWURADE wo Nyankopɔn hyɛɛ woɔ no soɔ, na woasane abɛdidi na woanom nsuo faako a wɔka kyerɛɛ wo sɛ: Nnidi na nnom nsuo, no nti, wo funu renkɔ w’agyanom da mu. Na ɔdidiiɛ na ɔnomm nsuo wieeɛ no, ɔhyehyɛɛ afunumu no maa odiyifoɔ a ɔkɔsanee no baeɛ no, na ɔkɔeɛ; na gyata hunuu no ɔkwan no mu, na ɔkumm no, na ne funu no da ɔkwan no mu, na afunumu no gyina nkyɛn, na gyata no nso gyina efunu no ho. Na hwɛ, sɛ nnipa retwam, na wɔhunu efunu a ɛda ɔkwan no mu, ne gyata a ɔgyina efunu no ho no a, wɔkɔ kɔka no kuro a odiyifoɔ akɔkoraa no te mu no mu. Na odiyifoɔ a ɔkɔsanee no firii ɔkwan no soɔ no teeɛ no, ɔkaa sɛ: Nyankopɔn nipa a ɔtee AWURADE anomu asɛm ho atua no ne no, na AWURADE de no ama gyata no ama no atete ne mu aku no, sɛ AWURADE asɛm a ɔka kyerɛɛ no no teɛ no. Na ɔka kyerɛɛ ne mma sɛ: Monhyehyɛ afunumu no mma me. Na wɔhyehyɛɛ no. Na ɔkɔ kɔhunuu efunu no sɛ ɛda ɔkwan no mu, na afunumu no ne gyata no gyinagyina efunu no ho. Gyata no nwee funu no, na ɔmpiraa afunumu no nso. Na odiyifoɔ no maa Nyankopɔn nipa no funu no so de no saneeɛ, na odiyifoɔ akɔkoraa no de no kɔɔ ne kuro mu, sɛ ɔrekɔgyam no na wasie no. Na ɔde ne funu no too ne da mu, na wɔgyamm no sɛ: Due, me nua! Na ɔwiee no sie no, ɔka kyerɛɛ ne mma sɛ: Sɛ mewu a, monsie me ɛda a wɔasie Nyankopɔn nipa no mu no mu, momfa me nnompe nto ne nnompe ho. Na asɛm a ɔnam AWURADE asɛm so teaa mu tiaa afɔrebukyia a ɛwɔ Betel no ne sorɔnsorɔmmea afie a ɛwɔ Samaria nkuro mu no nyinaa, ɛbɛba mu ampa. Asɛm yi akyiri no, Yeroboam ansane amfiri ne kwammɔne so, na ɔsane faa ɔman no mu baabiara nnipa sisii sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ; obiara a ɔpɛ no, ɔde asɔfodeɛ hyɛ ne nsa ma ɔyɛ sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ no bi. Na asɛm yi danee Yeroboam fie bɔne a enti wɔdwerɛɛ wɔn na wɔsɛee wɔn firii asase ani.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛberɛ no mu no, Yeroboam ba Abia yaree. Na Yeroboam ka kyerɛɛ ne yere sɛ: Sɔre, sakyera wo ho, na wɔanhunu sɛ wone Yeroboam yere, na kɔ Silo; hwɛ, ɛhɔ na Odiyifoɔ Ahia wɔ; ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ mɛdi ɔman yi so hene. Na fa paanoo du ne taterɛ ne ɛwoɔ toa kura wo nsam, na kɔ ne nkyɛn; ɔno na ɔbɛka wo deɛ ɛbɛyɛ abɔfra yi. Na Yeroboam yere no yɛɛ saa, na ɔsii mu kɔɔ Silo, na ɔduruu Ahia fie. Nso na Ahia nhunu adeɛ, na akorabɔ nti n’ani so ayɛ kusuu. Na AWURADE ka kyerɛɛ Ahia sɛ: Hwɛ, Yeroboam yere reba abɛbisa wo hɔ asɛm ne ba ho, ɛfiri sɛ ɔyare. Sɛɛ ne sɛɛ na ka kyerɛ no. Ɔbaeɛ no, ɔyɛɛ ne ho sɛ ɔbaa foforɔ bi. Na Ahia tee ne nan ase sɛ ɔreba ɛpono ano no, ɔkaa sɛ: Yeroboam yere, bra! Adɛn nti na woasakyera wo ho ayɛ sɛ obi yi? Na me deɛ, wɔde asɛm denden asoma me wo nkyɛn. Kɔka kyerɛ Yeroboam sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ memaa wo so wo man no mu, na mesii wo me man Israel so panin, na metee ahennie no mefirii Dawid fie de maa woɔ, nanso woanyɛ sɛ m’akoa Dawid a ɔdii me mmara nsɛm soɔ, na ɔde n’akoma nyinaa dii m’akyire sɛ ɔbɛyɛ deɛ ɛtene m’ani soɔ no nko, na woayɛ bɔne asene wɔn a wɔdii w’anim nyinaa, na woakɔ akɔyɛ anyame foforɔ ne ahoni a wɔaguo sɛ wode rehuru me bo, na woato me atwene w’akyire nti, hwɛ, mede bɔne bɛba Yeroboam fie so, na matwa Yeroboam fie barima biara ne Israel mu akoa ne ɔdehyeɛ atwene, na mapra Yeroboam fie sɛdeɛ obi pra fi kɔsi sɛ ɛsa. Yeroboam nipa biara a ɔbɛwu kuro mu no, akraman na ɛbɛdi ne nam, na deɛ ɔbɛwu wiram no, ewiem nnomaa na ɛbɛdi ne nam. AWURADE na waka. Na wo deɛ, sɔre kɔ wo fie; na wo nan si kuro no mu ara pɛ a, abɔfra no bɛwu. Na Israel nyinaa bɛgyam no na wɔasie no, na ɔno nko ne Yeroboam deɛ a ɔbɛkɔ ɛda mu, ɛfiri sɛ ɔno mu na wɔahunu adepa bi a ɛsɔ AWURADE Israel Nyankopɔn ani, Yeroboam fie. Na AWURADE bɛma ɔhene bi so, Israel so a ɔbɛtwa Yeroboam fie atwene nnɛ. Na ɛfiri nnɛ, AWURADE bɛbɔ Israel sɛdeɛ demmire woso nsuo mu, na watutu Israel afiri asase pa a ɔde maa wɔn agyanom yi so, na wabɔ wɔn apete akɔ asuogya, ɛsiane sɛ wɔayɛ wɔn Asera nnua de ahuru AWURADE bo. Na Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ na ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no nti, ɔbɛgyae Israel mu ama. Na Yeroboam yere no sɔre sii mu kɔɔ Tirsa. Na ɔduruu ɛdan no aponnwa ano no, abɔfra no wui. Na wɔsiee no, na Israel nyinaa gyamm no, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam n’akoa Odiyifoɔ Ahia so kaeɛ no teɛ no. Na Yeroboam ho nsɛm nkaeɛ, sɛdeɛ ɔdii ako ne sɛdeɛ ɔdii ne hene faeɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu. Na nna a Yeroboam de dii hene yɛ mfeɛ aduonu mmienu; na ɔtoaa n’agyanom wɔ asamando, na ne ba Nadab bɛdii n’adeɛ. Na Salomo ba Rehoboam dii hene Yuda. Na Rehoboam adi mfirinhyia aduanan baako na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfirinhyia dunson wɔ Yerusalem, kuro a AWURADE fa firii Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no mu. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni. Na Yuda yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔmaa no twee wɔn ho ninkunu sene wɔn agyanom bɔne a wɔyɛ tiaa no no ho deɛ nyinaa. Na wɔn nso yeyɛɛ sorɔnsorɔmmea ne adum ne abosompɔ nkokoɔ sorɔnsorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase fae. Na mmarima nnwamamfoɔ nso wɔ asase no so; wɔyɛɛ sɛdeɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn firii Israelfoɔ anim no akyiwadeɛ nyinaa teɛ. Na Ɔhene Rehoboam afe a ɛtɔ so nnum soɔ no Misraimhene Sisak foro baa Yerusalem so. Na ɔfaa AWURADE fie akoradeɛ ne ahemfie akoradeɛ, ɔfaa ne nyinaa kɔe. Na ɔfaa sika akyɛm a Salomo yɛeɛ no nso nyinaa. Na Ɔhene Rehoboam yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ akyɛm sisii ananmu, na ɔde hyɛɛ awɛmfoɔ a wɔhwɛ ahemfie pono ano no so asafohene nsa. Na da biara a ɔhene bɛkɔ AWURADE fie no, awɛmfoɔ no soa kɔ, na wɔde sane bɛsie awɛmfoɔ dan mu. Na Rehoboam ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ no nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu? Na akodie daa Rehoboam ne Yeroboam ntam daa. Na Rehoboam toaa n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no n’agyanom nkyɛn, Dawid kuro mu. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni. Na ne ba Abiam bɛdii n’adeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Nebat ba Ɔhene Yeroboam afe a ɛtɔ so dunwɔtwe mu na Abiam bɛdii Yuda so hene. Mfeɛ mmiɛnsa na ɔdii hene wɔ Yerusalem. Na ne na din ne Maaka a ɔyɛ Abisalom babaa. Na ɔnantee n’agya bɔne a ɔyɛ dii n’anim nyinaa mu, na n’akoma anni mu AWURADE ne Nyankopɔn anim sɛ n’agya Dawid akoma. Nanso Dawid nti, AWURADE ne Nyankopɔn maa no kanea wɔ Yerusalem, sɛ ɔbɛma ne ba so asi n’akyire, na wama Yerusalem agyina, ɛfiri sɛ Dawid yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, na wammane amfiri biribiara a ɔhyɛɛ no ho, ne nkwa nna nyinaa, gye Hetini Uria asɛm no nko ara mu. Na akodie daa Rehoboam ne Yeroboam ntam ne nkwa nna nyinaa. Na Abiam ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu? Na akodie daa Abiam ne Yeroboam ntam. Na Abiam toaa n’agyanom wɔ asamando; na wɔsiee no Dawid kuro mu; na ne ba Asa bɛdii n’adeɛ. Na Israelhene Yeroboam afe a ɛtɔ so aduonu soɔ na Asa bɛdii Yuda so hene. Na ɔdii hene mfirinhyia aduanan baako Yerusalem. Na ne na din ne Maaka a ɔyɛ Abisalom babaa. Na Asa yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so sɛ n’agya Dawid. Na ɔtutuu mmarima nnwamamfoɔ no firii asase no so, na ɔyiyii ahoni a n’agyanom yɛeɛ no nyinaa. Na ne na Maaka nso, ɔtuu no firii ahemmaadie so, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ ohoni bi maa Asera; na Asa twaa ne honi no kɔhyee no Kidron subonhwa mu. Na sorɔnsorɔmmea no deɛ, wanyi, nanso Asa akoma dii mu AWURADE anim ne nna nyinaa. Na ɔde n’agya akronkronneɛ ne ɔno ara n’akronkronneɛ baa AWURADE fie: Dwetɛ ne sika ne nnwinneɛ. Na akodie bɛdaa Asa ne Israelhene Baasa ntam wɔn nna nyinaa. Na Israelhene Baasa foro baa Yuda so, na ɔbɛkyekyeree Rama, sɛ ɔremma obi nni Yudahene Asa nkyɛn ahyɛmfire. Ɛnna Asa faa dwetɛ ne sika a ɛkaa AWURADE fie akoradeɛ ne ɔhene fie akoradeɛ mu de hyɛɛ ne nkoa nsa, na Ɔhene Asa de somaa wɔn maa wɔkɔɔ Hesion ba Tabrimon ba Siriahene Ben-hadad a ɔte Damasko nkyɛn sɛ: Ma apam nna me ne wo ntam, te sɛ m’agya ne w’agya ntam: Hwɛ, merebrɛ wo dwetɛ ne sika ayɛyɛdeɛ, na kɔ kɔbubu wo ne Israelhene Baasa apam no mu, na ɔmfiri me so nkɔ. Na Ben-hadad tiee Ɔhene Asa, na ɔsomaa asafohene a ɔwɔ no maa wɔkɔko tiaa Israel nkuro, na ɔbɔɔ Iyon ne Dan ne Abel-bet-maaka ne Kinerot nyinaa ne Naftali asase nyinaa. Na Baasa teeɛ no, ɔgyaee Rama kyekyerɛ, na ɔkɔtenaa Tirsa. Ɛnna Ɔhene Asa maa wɔpaee no Yuda nyinaa, wɔanyi obiara amfiri mu, na wɔkɔsoaa Rama aboɔ ne nnua a Baasa de kyekyereeɛ no, na Ɔhene Asa de kyekyeree Geba-benyamin ne Mispa. Na Asa ho nsɛm nyinaa nkaeɛ, ne ne mmaninneɛ nyinaa ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne nkuro a ɔkyekyereeɛ, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu? Nanso ne nkɔkoraaberɛ mu no, ɔyaree ne nan. Na Asa toaa n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no n’agyanom nkyɛn, n’agya Dawid kuro mu. Na ne ba Yehosafat bɛdii n’adeɛ. Na Yeroboam ba Nadab bɛdii Israel so hene, Yudahene Asa afe a ɛtɔ so mmienu mu. Na ɔdii Israel so hene mfeɛ mmienu. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔnantee n’agya kwan ne ne bɔne a ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no mu. Na Ahia ba Baasa a ɔfiri Isakar fie no pam ne tiri so; na Baasa bɔɔ no wɔ Gibeton a ɛyɛ Filistifoɔ dea hɔ; nso na Nadab ne Israel nyinaa retua Gibeton. Na Baasa kumm no, Yudahene Asa afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu, na ɔdii n’adeɛ. Na ɔbɛdii hene no pɛ, ɔbɔɔ Yeroboam fie nyinaa, wannya obiara a ɔhome amma Yeroboam de kɔsii sɛ ɔsɛee no, sɛ AWURADE asɛm a ɔnam n’akoa Siloni Ahia so kaeɛ wɔ Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ na ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no ne abohuro a ɔde huruu AWURADE Israel Nyankopɔn bo no nti. Na Nadab ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu? Na akodie bɛdaa Asa ne Israelhene Baasa ntam wɔn nna nyinaa. Yudahene Asa afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu na Ahia ba Baasa bɛdii Israel nyinaa so hene Tirsa. Na ɔdii adeɛ mfeɛ aduonu nnan. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔnantee Yeroboam kwan ne ne bɔne a ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE asɛm baa Hanani ba Yehu nkyɛn tiaa Baasa sɛ: Ɛsiane sɛ mama wo so afiri mfuturo mu, na masi wo me man Israel so panin, na woafa Yeroboam kwan soɔ, na woama me man Israel ayɛ bɔne ama wɔde wɔn bɔne ahuru me bo yi nti, hwɛ, merepra Baasa ne ne fie akɔ, na mɛyɛ wo fie sɛ Nebat ba Yeroboam fie. Baasa busuani biara a ɔbɛwu kuro mu no, akraman na ɛbɛwe ne nam, na ne ho nipa biara a ɔbɛwu wiram no, ewiem nnomaa na ɛbɛdi ne nam. Na Baasa ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ ne ne mmaninneɛ, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu? Na Baasa toaa n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Tirsa. Na ne ba Ela bɛdii n’adeɛ. Nanso AWURADE asɛm nam Hanani ba Odiyifoɔ Yehu so ba tiaa Baasa ne ne fie, bɔne a ɔyɛɛ no AWURADE ani soɔ nyinaa, sɛ ɔde ne nsa ano adwuma yɛɛ sɛ Yeroboam fie no huruu ne boɔ ne kum a ɔkumm no ho. Yudahene Asa afe a ɛtɔ so aduonu nsia mu na Baasa ba Ela bɛdii hene Tirsa mfeɛ mmienu. Na n’akoa Simri, ne nteaseɛnam fa so safohene no, pamm ne tiri so. Na ɔwɔ Tirsa anom nsa abo wɔ Arsa a ɔdi ahemfie a ɛwɔ Tirsa no soɔ no fie. Na Simri kɔɔ mu kɔbɔɔ no kumm no, Yudahene Asa afe a ɛtɔ so aduonu nson mu, na ɔdii n’adeɛ. Na ɔbɛdii hene na ɔtenaa ahennwa soɔ ara pɛ no, ɔkumm Baasa fiefoɔ nyinaa, obusuani oo, adamfo oo, wannya ɔbarima biara amma no. Na Simri sɛee Baasa fie nyinaa sɛ AWURADE asɛm a ɔnam Odiyifoɔ Yehu so ka tiaa Baasa, wɔ Baasa bɔne nyinaa ne ne ba Ela bɔne a wɔyeyɛeɛ na wɔde maa Israel yɛɛ bɔne sɛ wɔde wɔn ahuhudeɛ huruu AWURADE, Israel Nyankopɔn, boɔ no ho. Na Ela ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu? Yudahene Asa afe a ɛtɔ so aduonu nson mu na Simri bɛdii hene nnanson wɔ Tirsa. Na ɔman no akyere Gibeton a ɛyɛ Filistifoɔ deɛ no ho nsraban. Na ɔman a wɔwɔ nsra mu no tee sɛ Simri akɔ apam na wakum ɔhene no, Israel nyinaa de ɔsahene Omri sii Israel so hene da no ara nsraban no mu. Na Omri firi Gibeton foro bae, na Israel nyinaa ka ne ho, na wɔbɛtuaa Tirsa. Na Simri hunuu sɛ wɔagye kuro no no, ɔkɔɔ ahemfie aban mu, na ɔde ogya hyee ahemfie no ne ne ho, na ɔwui ne bɔne a ɔyɛeɛ, sɛ ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, sɛ ɔnantee Yeroboam kwan soɔ, ne ne bɔne a ɔyɛeɛ de maa Israel yɛɛ bɔne no mu nti. Na Simri ho nsɛm nkaeɛ ne n’apam a ɔyɛeɛ no, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu? Ɛno na Israel man mu paepaee afaafa mmienu. Ɔman no fa dii Ginat ba Tibni akyiri sɛ wɔbɛsi no hene, na ɔfa nso dii Omri akyi. Na ɔman no fa a wɔdii Omri akyire no yɛ den sene ɔman no fa a wɔdii Ginat ba Tibni akyire; na wɔkumm Tibni, na Omri dii hene. Yudahene Asa afe a ɛtɔ so aduasa baako mu na Omri bɛdii Israel so hene mfeɛ dummienu. Ɔdii hene Tirsa mfeɛ nsia. Na ɔkɔtɔɔ Samaria bepɔ wɔ Semer hɔ, maa dwetɛ dwetikɛseɛ mmienu, na ɔkyekyeree bepɔ no so kuro, na ɔde bepɔ no wura Semer din too kuro a ɔkyekyereeɛ no. Ɛnne Samaria. Na Omri yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔyɛɛ bɔne sene wɔn a wɔdii n’anim nyinaa. Na ɔfaa Nebat ba Yeroboam kwan nyinaa ne ne bɔne a ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no so, sɛ wɔde wɔn ahuhudeɛ bɛhuru AWURADE, Israel Nyankopɔn, no boɔ. Na Omri ho nsɛm nkaeɛ, deɛ ɔyɛeɛ ne ne mmaninneɛ a ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu. Na Omri toaa n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Samaria. Na ne ba Ahab bɛdii n’adeɛ. Na Omri ba Ahab bɛdii Israel so hene, Yudahene Asa afe a ɛtɔ so aduasa nwɔtwe mu. Na Omri ba Ahab dii Israel so hene Samaria mfirinhyia aduonu mmienu. Na Omri ba Ahab yɛɛ AWURADE ani so bɔne sene wɔn a wɔdii n’anim nyinaa. Na ɛyɛɛ hare maa no sɛ ɔbɛnante Nebat ba Yeroboam bɔne mu, na ɔkɔfaa Sidonfoɔ hene Etbaal babaa Isebel waree, na ɔkɔ kɔsomm Baal na ɔsɔree no. Na ɔsii afɔrebukyia maa Baal wɔ Baal fie a ɔsii no Samaria. Na Ahab yɛɛ Asera nnua, na Ahab yɛɛ pii sɛ ɔde bɛhuru AWURADE Israel Nyankopɔn bo asene Israel ahemfo a wɔdii n’anim nyinaa. Ne berɛ so na Betelni Hiel kyekyeree Yeriko. N’abakan Abiram wui berɛ a ɔtoo fapem, na ne ba kumaa Segub nso wui berɛ a ɔsisii ano apono, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam Nun ba Yosua so kaeɛ no teɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Tisbini Elia a ɔfiri Gilead atubrafoɔ mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a megyina n’anim te aseɛ yi, obosuo anaa osuo rentɔ mfeɛ yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so! Na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Firi ha kɔ, na dane wo ho kɔ apueeɛ, na kɔhunta asuo Kerit a ɛwɔ Yordan anim no ho. Na wobɛnom asuo no mu nsuo, na mahyɛ anene sɛ wɔnhwɛ wo wɔ hɔ. Na ɔsii mu kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE asɛm no teɛ, na ɔkɔ kɔtenaa asuo Kerit a ɛwɔ Yordan apueeɛ no ho. Na anene brɛɛ no paanoo ne nam anɔpa, ne anwummerɛ, na ɔnomm asuo no mu nsuo bi. Na ɛbaa sɛ nna bi akyiri no, asuo no wee, ɛfiri sɛ osuo antɔ asase no so. Na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Sɔre kɔ Sarefat a ɛyɛ Sidonfoɔ deɛ no, na kɔtena hɔ; na hwɛ, mahyɛ ɔbaa kunafoɔ bi wɔ hɔ sɛ ɔnhwɛ wo. Na ɔsɔre kɔɔ Sarefat. Na ɔduruu kuro no pono ano no, na hwɛ, ɔbaa kunafoɔ no wɔ hɔ repɛ mmaboa. Na ɔfrɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔsa nsuo kakra gu kuruwa mu brɛ me na mennom. Na ɔrekɔ akɔsa no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa paanoo afono ma kura wo nsam brɛ me. Na ɔse: Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn te aseɛ yi, atodeɛ biara nni me nsam, gye esiam nsa ma a ɛwɔ kuruwa mu, ne ngo kakra a ɛwɔ toa mu, na hwɛ, merepɛ mmaboa mmienu bi makɔ makɔto, na me ne me ba adi na yɛawu. Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, kɔyɛ sɛdeɛ woaka no, na kɔfa bi yɛ ɔfam ketewaa bi nso ma me kane, na fa brɛ me, na ɛno akyiri no yɛ wo ne wo ba deɛ. Na sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Esiam kuruwa no so renhwan, na ngo toa no so rente de bɛkɔ akɔsi da a AWURADE bɛma osuo atɔ agu asase no soɔ. Na ɔkɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ Elia ka kyerɛɛ no no, na ɔdii, ɔno ne ɔbaa no ne ne fiefoɔ, nna pii; na esiam kuruwa no so anhwan, na ngo toa no so ante, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam Elia so kaeɛ no teɛ no. Na nsɛm yi akyiri no, ɔbaa fiewura no babarima yaree, na ne yadeɛ no mu yɛɛ den pii kɔsii sɛ ɔwuiɛ. Na ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia sɛ: Wo Nyankopɔn nipa, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Wobaa me nkyɛn sɛ worebɛma wɔakae me bɔne na wɔakum me ba! Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa wo ba no brɛ me! Na ɔgyee no firii ne kokom de no kɔɔ abansoro pia a ɔte mu no mu, na ɔde no kɔtoo ne mpa so. Na ɔteaa mu frɛɛ AWURADE sɛ: AWURADE me Nyankopɔn, ɔbaa kunafoɔ yi nso a mabɛsoɛ ne nkyɛn yi, wode mmusuo reba ne so sɛ worekum ne ba yi? Na ɔtenee ne mu butuu abɔfra no so mprɛnsa, na ɔteaa mu frɛɛ AWURADE sɛ: AWURADE me Nyankopɔn, ma abɔfra yi kra nsane mmra ne mu. Na AWURADE tiee Elia nne, na abɔfra no kra sane baa ne mu, na ɔnyaa nkwa. Na Elia faa abɔfra no de no siane firii abansoro pia mu baa ɛdan no mu, na ɔde no brɛɛ ne na, na Elia se: Hwɛ, wo ba anya nkwa. Na ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia sɛ: Afei na mahunu sɛ Nyankopɔn nipa ne wo, na AWURADE asɛm a ɛwɔ w’anomu yɛ nokorɛ.