Audio
stringlengths
109
111
Transcript
stringlengths
131
10.4k
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na nna pii akyiri no, afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, AWURADE asɛm baa Elia nkyɛn sɛ: Fa wo ho kɔkyerɛ Ahab, na mɛma osuo atɔ asase so. Na Elia sii mu kɔɔ sɛ ɔde ne ho rekɔkyerɛ Ahab. Nso na ɛkɔm a emu yɛ den aba Samaria. Na Ahab frɛɛ Obadia a ɔdi ne fie soɔ; (nso Obadia deɛ, na ɔsuro AWURADE sɛ. Na ɛbaa sɛ Isebel retwitwa AWURADE adiyifoɔ aguo no, Obadia faa AWURADE adiyifoɔ ɔha, na ɔde wɔn aduonum aduonum kɔsiesiee ɔbodan mu, na ɔde aduane ne nsuo hwɛɛ wɔn.) Na Ahab ka kyerɛɛ Obadia sɛ: Kɔkyini asase no so, nsuo aniwa nyinaa ne nsubɔnhwa nyinaa ho; ebia yɛbɛnya wira de agye apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ no bi nkwa, na yɛanhwere mmoa no. Na wɔkyɛɛ asase no mu fae sɛ wɔrekyini so, Ahab nko faa ɔkwan baako so, na Obadia nko nso faa ɔkwan baako soɔ. Na Obadia wɔ ɔkwan no soɔ no, hwɛ, Elia ne no bɛhyiae, na ɔhunuu no, na ɔde n’anim butuu fam kaa sɛ: Me wura Elia nie? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Menie. Kɔka kyerɛ wo wura sɛ: Mahunu Elia. Na ɔkaa sɛ: Bɔne bɛn na mayɛ, na wo deɛ, woreyi w’akoa ahyɛ Ahab nsa na waku me yi? Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn te aseɛ yi, ɔman ne ahennie biara nni hɔ a me wura nsoma mmaa wɔnkɔɔ hɔ nkɔhwehwɛɛ woɔ. Na sɛ wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔnni hɔ, a, ɔma ahennie no ne ɔman no ka ntam sɛ wɔnhunuu woɔ. Na afei, wo ara wose: Kɔka kyerɛ wo wura sɛ: Elia wɔ ha. Na sɛ me deɛ, mefiri wo nkyɛn mekɔ a, AWURADE honhom bɛma wo so akɔ baabi a mennim, na sɛ meka mekyerɛ Ahab na wanhu wo a, ɔbɛkum me. Na me, w’akoa deɛ, mefiri me mmɔfraase mesuro AWURADE. Wɔnkaa deɛ Isebel kumm AWURADE adiyifoɔ no, meyɛeɛ no nkyerɛɛ me wura, sɛ mefaa AWURADE adiyifoɔ mu mmarima ɔha, na mede wɔn aduonum aduonum mesiee ɔbodan mu, na me de aduane ne nsuo mehwɛɛ wɔn no? Na afei, wo deɛ, wose: Kɔka kyerɛ wo wura sɛ: Elia wɔ ha, na ɔnku me. Na Elia kaa sɛ: Sɛ asafo AWURADE a megyina n’anim te aseɛ yi, ɛyɛ dɛn ara a nnɛ mede me ho bɛkyerɛ no. Ɛnna Obadia kɔ kɔhyiaa Ahab, na ɔka kyerɛɛ no; na Ahab kɔ kɔhyiaa Elia. Na Ahab hunuu Elia no, Ahab bisaa no sɛ: Wo a woha Israel no, wo nie? Na ɔse: Menhaa Israel, na mmom wo ne w’agya fie, sɛ moagya AWURADE mmara nsɛm, na moakɔdi Baalim akyire. Na afei soma ma wɔnkɔboaboa Israel nyinaa ano mmrɛ me Karmel bepɔ so ne Baal adiyifoɔ ahanan aduonum no ne Asera adiyifoɔ ahanan a wɔdidi Isebel pono soɔ no. Na Ahab soma maa wɔkɔɔ Israelfoɔ nyinaa mu kɔboaboaa adiyifoɔ no ano kɔɔ Karmel bepɔ so. Ɛnna Elia twe pinii ɔman no nyinaa nkyɛn bɛkaa sɛ: Ɛnkɔsi da bɛn na mo adwene bɛyɛ mo ntanta? Sɛ AWURADE ne Onyankopɔn a, monni n’akyi: Sɛ Baal nso a, monni n’akyi! Na ɔman no ammua no asɛm biara. Na Elia ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Me deɛ, me nko ara mene AWURADE diyifoɔ a waka, na Baal adiyifoɔ deɛ, wɔyɛ mmarima ahanan aduonum. Na momma wɔmma yɛn anantwinini mmienu, na ma wɔnyi nantwinini no baako mfa, na wɔntwitwa no asinasini, na wɔmfa ngu nnyina so, na ogya deɛ, wɔmmfa nngu aseɛ. Na me nso, mɛsiesie nantwinini baako no, na mede magu nnyina so, na meremfa ogya mengu aseɛ. Na mommɔ mo nyame din, na me nso memmɔ AWURADE din, na onyame a ɔde ogya bɛgye soɔ no, ɔno ne Onyankopɔn. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ: Ɔsɛmpa! Ɛnna Elia ka kyerɛɛ Baal adiyifoɔ no sɛ: Monyi nantwinini baako mfa, na monsiesie no kane; na mo deɛ, modɔɔso; na mommɔ mo nyame din, na ogya na mommfa nngu aseɛ. Na wɔfaa nantwinini a wɔde maa wɔn no, na wɔsiesiee; na wɔbɔɔ Baal din firii anɔpa kɔsii awigyina sɛ: Baal, gye yɛn so! Nso wɔante nne biara, na obiara nso annye so. Na wɔhurihuri twaa afɔrebukyia a wɔyɛeɛ no ho hyiae. Na ɛduruu awigyina no, Elia sii wɔn atwetweɛ goroo wɔn ho, na ɔkaa sɛ: Momfa nne kɛseɛ mfrɛ na onyame ne no! Sɛsɛɛ ɔredwene, anaasɛ wafiri adi rekɔgya ne nan, anaasɛ ɔnam kwan so; ebia wada, na wanyane. Na wɔde nne kɛseɛ teateaa mu, na wɔde nkrantɛ ne mpea bobɔɔ wɔn ho akam, sɛdeɛ wɔn amanneɛ teɛ no, kɔsii sɛ mogya guu wɔn soɔ. Na awigyina twaa mu no, wɔkɔmee kɔsii sɛ ɛrekɔ aduane afɔrebɔ berɛ soɔ; nso wɔante nne biara, na obiara nso annye so, na obiara nso antie wɔn. Ɛnna Elia ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Montwe mpini me! Na ɔman no nyinaa twe pinii no. Na ɔsiesiee AWURADE afɔrebukyia a abubuo no. Na Elia tasee aboɔ dummienu sɛ Yakob a AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Israel ne wo din no, mma mmusuakuo no ano sie. Na ɔde aboɔ no sii afɔrebukyia, AWURADE din mu, na ɔtwaa ɛka a ɛbɛdi aba a wɔguo susuo adeɛ mmienu afɔrebukyia no ho hyiae. Na ɔhyehyɛɛ nnyina no, na ɔtwitwaa nantwinini no asinasini de guu nnyina no so kaa sɛ: Momfa nsuo nhyehyɛ nhina nnan amaama, na mommɛhwie ngu ɔhyeɛ afɔdeɛ ne nnyina no so! Na ɔkaa sɛ: Monyɛ bio! Na wɔyɛɛ bio. Na ɔkaa sɛ: Momma no nyɛ mprɛnsa! Na wɔmaa no yɛɛ mprɛnsa. Na nsuo no fefaa afɔrebukyia no ho hyiae, na ɛka no nso, ɔhyɛɛ no nsuo ma. Na afɔrebɔberɛ mu no, Odiyifoɔ Elia twe pinii, na ɔkaa sɛ: AWURADE, Abraham ne Isak ne Israel Nyankopɔn, nnɛ ma wɔnhunu sɛ wo na wone Onyankopɔn Israel mu, na mene w’akoa, na w’asɛm so na mayɛ adeɛ yi nyinaa. Gye me so, AWURADE, gye me so, na ɔman yi nhunu sɛ wo AWURADE ne Onyankopɔn, na wo nso woama wɔn akoma asane akyire aba. Ɛnna AWURADE gya duru bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ no ne nnyina no ne aboɔ ne dɔteɛ no, na ɛwee nsuo a ɛwɔ ɛka no mu no. Na ɔman no nyinaa hunuiɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam kaa sɛ: AWURADE, ɔno ne Onyankopɔn! AWURADE, ɔno ne Onyankopɔn! Na Elia kaa sɛ: Monkyere Baal adiyifoɔ no, mommma wɔn mu biara mmfiri mu mfi! Na wɔkyeree wɔn na Elia de wɔn siane kɔɔ Kison asuo ho, na ɔkumm wɔn wɔ hɔ. Na Elia ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Foro kɔ kɔdidi na nom. Na mete osu kɛseɛ nka. Na Ahab foro kɔɔ sɛ ɔrekɔdidi na wanom. Na Elia deɛ, ɔforo kɔɔ Karmel atifi na ɔkotoo fam, na ɔde n’anim hyɛɛ ne nkotodwe ntam. Na ɔka kyerɛɛ n’abɔfra sɛ: Foro kɔ kɔhwɛ po fam. Na ɔforo kɔhwɛe, na ɔbɛkaa sɛ: Hwee nni hɔ. Na ɔse: Sane kɔ mprɛnson. Na ɛbaa sɛ, deɛ ɛtɔ so nson no, ɔkaa sɛ: Hwɛ, mununkum ketewa bi te sɛ onipa nsa resɔre firi po mu. Na ɔse: Foro kɔka kyerɛ Ahab sɛ: Siesie wo nteaseɛnam na siane kɔ na osuo ansi wo kwan. Na ɛbaa sɛ ɛyɛɛ kakra na mununkum ne mframa abiri soro tumm, na osu kɛseɛ bi tɔe. Na Ahab nam teaseɛnam mu kɔɔ Yesreel. Na AWURADE nsa baa Elia so, na ɔbɔɔ n’abɔsoɔ tuu mmirika dii Ahab anim de kɔduruu sɛ wɔrehyɛne Yesreel.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Ahab bɛka kyerɛɛ Isebel deɛ Elia yɛeɛ no nyinaa ne sɛdeɛ ɔkumm adiyifoɔ no nyinaa, nkrantɛ ano no. Na Isebel somaa ɔbɔfoɔ maa no kɔɔ Elia nkyɛn sɛ: Sei na anyame no nyɛ me, na sei nso na wɔmfa nka ho, sɛ ɔkyena sɛsɛɛ na mama wo kra ayɛ sɛ wɔn mu baako deɛ. Na ɔhunuu saa no, ne nkwa nti ɔsuroe na ɔsɔre kɔe, na ɔkɔduruu Beer-seba a ɛyɛ Yuda deɛ no, na ɔgyaa n’abɔfra no wɔ hɔ. Na ɔno deɛ, ɔnantee ɛserɛ so da koro kwan na ɔkɔtenaa sesea bi ase, na ɔsrɛ maa ne ho sɛ anka ɔnwu. Na ɔkaa sɛ: Ayɛ yie, afei, AWURADE, fa me kra, na menyɛ nsene m’agyanom. Na ɔde ne ho too hɔ sesea bi ase. Na hwɛ, ɔbɔfoɔ bɛkaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre didi! Na ɔhwɛe, na hwɛ, na ɔfam a wɔato no nnyansramma soɔ ne nsuo kuruwa si n’atifi; na ɔdidii na ɔnomee, na ɔtɔɔ hɔ dae. Na AWURADE bɔfoɔ sane bɛkaa no ne mprenu soɔ sɛ: Sɔre didi, na ɔkwan no ware papa ma wo. Na ɔsɔre didii na ɔnomee, na ɔnantee aduane no ahoɔden mu adaduanan, awia ne anadwo de kɔduruu Nyankopɔn bepɔ Horeb ho. Na ɔduruu ɔbodan no ho hɔ, na ɔsoɛɛ hɔ. Na hwɛ, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Elia, ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha? Na ɔse: Ninkunu na matwe mama AWURADE, asafo Nyankopɔn, sɛ Israelfoɔ agya w’apam; w’afɔrebukyia no, wɔadwiridwiri, na w’adiyifoɔ nso, wɔde nkrantɛ akum wɔn; na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me aku me. Na ɔkaa sɛ: Firi adi kɔgyina bepɔ no so AWURADE anim. Na hwɛ, AWURADE twaa mu, na mframa kɛseɛ a ɛyɛ den paepaee mmepɔ na ɛbubuu abotan dii AWURADE anim; nanso na ɛnyɛ mframa no mu na AWURADE wɔ; na mframa no akyiri no asasewosoɔ, na ɛnyɛ asasewosoɔ no mu na AWURADE wɔ; na asasewosoɔ no akyiri no, ogya, na ɛnyɛ ogya no mu na AWURADE wɔ; na ogya no akyi no ɛnne bɔkɔɔ bi a. Na ɛbaa sɛ Elia teeɛ no, ɔde ne ngusoɔ kataa n’anim, na ɔfiri kɔgyinaa ɔbodan no ano. Na hwɛ, ɛnne bi baa ne nkyɛn sɛ: Elia, ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha? Na ɔse: Ninkunu na matwe mama AWURADE, asafo Nyankopɔn, sɛ Israelfoɔ agya w’apam: W’afɔrebukyia no, wɔadwiridwiri, na w’adiyifoɔ nso, wɔde nkrantɛ akum wɔn; na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me aku me. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, sane si wo kwan so kɔ Damasko serɛ so; na sɛ woduru a, sra Hasael ngo si no Siria so hene; na Nimsi ba Yehu nso, sra no ngo si Israel so hene; na Safat ba Elisa a ɔfiri Abel-mehola no deɛ, sra no si w’ananmu sɛ odiyifoɔ. Na deɛ ɔbɛfiri Hasael nkrantɛ ano no, Yehu bɛku no, na deɛ ɔbɛfiri Yehu nkrantɛ ano no, Elisa bɛku no. Nanso mɛgya Israel mu nnipa mpemnson, nkotodwe a ɛnnya nkutoo Baal, ne ano a ɛnnya mfee n’ano. Ɛnna ɔfirii hɔ kɔeɛ. Na ɔkɔhunuu Safat ba Elisa sɛ ɔrefuntum; anantwie mpamho dummienu na ɛdi n’anim, na ɔno ne deɛ ɛtɔ so dummienu no na ɛrefuntum, na Elia sene baa ne nkyɛn, na ɔtoo ne ngusoɔ guu ne so. Na ɔgyaa anantwie no hɔ, na ɔtuu mmirika dii Elia akyi kaa sɛ: Ma menkɔ kra m’agya ne me na, na memmɛdi w’akyi. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na bra, na ɛdeɛn na mayɛ woɔ yi? Na ɔsane firii n’akyi kɔfaa anantwie mpamho no kumm wɔn, na ɔde anantwie no adwumayɛ nnua no noaa nam no, na ɔde maa nkurɔfoɔ no, na wɔdii; na ɔsɔre kɔdii Elia akyi, na ɔsom no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Siriahene Ben-hadad boaboaa ne dɔm nyinaa ano, na ahemfo aduasa mmienu kaa ne ho, ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam, na ɔforo ba bɛtuaa Samaria ne no koeɛ. Na ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔbaa Israelhene Ahab nkyɛn kuro no mu bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Ben- hadad seɛ nie: Wo dwetɛ ne wo sika yɛ me dea, na wo yerenom ne wo mma a wɔn ho yɛ fɛ no nso, wɔyɛ me dea. Na Israel hene buaa sɛ: W’asɛm no wom, me wura ɔhene, wo na me ne deɛ mewɔ nyinaa wɔ woɔ. Na ɔbɔfoɔ no sane baa bio bɛkaa sɛ: Sɛ Ben- hadad seɛ nie: Sɛ mesoma maa wɔbaa wo nkyɛn sɛ: Wo dwetɛ ne wo sika ne wo yerenom ne wo mma, fa ma me no, sɛ ɔkyena sɛsɛberɛ nso mesoma me nkoa ma wɔaba wo nkyɛn abɛkyini wo fie ne wo nkoa afie mu, na adeɛ biara a ɛyɛ wɔn ani so fɛ no, wɔbɛfa akura wɔn nsam de akɔ. Ɛnna Israel hene frɛɛ asase no so mpanimfoɔ nyinaa sɛ: Monhwɛ nhunu sɛ bɔne na oyi rehwehwɛ; na wasoma ama wɔaba me nkyɛn, me yerenom ne me mma ne me dwetɛ ne me sika ho, na mankame no. Na mpanimfoɔ no nyinaa ne ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Ntie, na mpene nso. Na ɔka kyerɛɛ Ben- hadad abɔfoɔ no sɛ: Monkɔka nkyerɛ me wura ɔhene sɛ: Deɛ wobisaa w’akoa kane no nyinaa deɛ, mɛyɛ, na asɛm yi deɛ, merentumi menyɛ. Na abɔfoɔ no kɔ kɔka kyerɛɛ no. Na Ben-hadad soma kɔsee no sɛ: Mede mmarima bebree bɛba abɛsɛe wo kuro no, na wɔasoa hɔ mfuturo wɔn nsamu akɔ. Anyame no nkum me sɛ manyɛ a. Na Israel hene buaa sɛ: Monkɔka sɛ: Mma deɛ ɔhyɛ akodeɛ nnhoahoa ne ho sɛ deɛ ɔyie. Na ɛbaa sɛ ɔtee asɛm yi no, na ɔne ahemfo no renom nsa asese mu, ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Montoa kuro no! Na wɔto hyɛɛ kuro no so. Na hwɛ, odiyifoɔ bi twe pinii Israelhene Ahab sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Wohunu asafokuo kɛseɛ yi nyinaa? Hwɛ, mede wɔn merehyɛ wo nsa nnɛ, na woahunu sɛ mene AWURADE. Na Ahab kaa sɛ: Ɛnam hwan so? Na ɔse: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛnam amansini no mmapɔmma mmeranteɛ no so. Ɛnna ɔkaa sɛ: Hwan na ɔmfa nkɔbɔ ani? Na ɔse: Wo! Ɛnna ɔkan amansini mmapɔmma no mmeranteɛ no, na wɔyɛ ahanu aduasa mmienu, na wɔn akyiri no, ɔkan ɔman no nyinaa, Israel mma nyinaa, mpemnson. Na wɔfirii adi awigyina. Na Ben-hadad anom nsa abo wɔ asese no mu, ɔno ne ahemfo aduasa mmienu a wɔboa no no. Na amansini mmapɔmma no mmeranteɛ no firii adi kane. Na Ben-hadad somaa adɔntenfoɔ, na wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Mmarima afiri adi afiri Samaria reba. Na ɔse: Sɛ ɔmannwoeɛ so na wɔfirii adie a, monkye wɔn animono, na sɛ ɔko so nso na wɔfirii adie a, monkye wɔn animono. Na wɔn deɛ, wɔfiri kuro no mu firii adi, amansini mmapɔmma no mmeranteɛ no ne dɔm a wɔdii wɔn akyire no. Na wɔkumm wɔn mmaako mmaako, na Siriafoɔ dwanedwanee, na Israel tii wɔn, na Siriahene Ben-hadad tenaa ɔpɔnkɔ so ne apɔnkɔsotefoɔ firi dwanee. Na Israel hene firii adi kɔ kyekyeree apɔnkɔ ne nteaseɛnam, na ɔde okunkɛseɛ kumm Siriafoɔ. Na odiyifoɔ no twe pinii Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na kɔhyɛ wo ho den, na hwɛ na hunu deɛ wobɛyɛ; na afeda sɛsɛɛ no Siriafoɔ bɛforo aba wo so. Na Siriahene nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Wɔn nyame yɛ mmepɔ nyame, enti na wɔn ho yɛɛ den sene yɛn no; na sɛ yɛne wɔn koo asaseta so deɛ a, anka yɛn ho renyɛ den nsene wɔn anaa? Na yei na yɛ: Tutu ahemfo no firi wɔn dibea, na fa amradofoɔ sisi wɔn ananmu. Na wo deɛ, boaboa ɛdɔm bi ano sɛ ɛdɔm a woahwereɛ no, apɔnkɔ sɛ apɔnkɔ no, ne nteaseɛnam sɛ nteaseɛnam no, na yɛne wɔn nkɔko asaseta so, sɛ yɛn ho renyɛ den nsene wɔn anaa? Na ɔtiee wɔn, na ɔyɛɛ saa. Na afeda ɔpɛ berɛ mfitiaseɛ no mu, Ben-hadad boaboaa Siriafoɔ dɔm ano na ɔforo baa Afek sɛ ɔne Israel rebɛko. Na wɔboaboaa Israelfoɔ nso ano, na wɔsiesiee wɔn ho, na wɔkɔ kɔhyiaa wɔn. Na Israelfoɔ kyeree nsraban wɔn ntentensoɔ sɛ mmirekyie akuo nketewa mmienu. Na Siriafoɔ deɛ, wɔyɛɛ asase no ma. Na Nyankopɔn nipa no twe pinii bɛka kyerɛɛ Israel hene sɛ: Sɛdeɛ AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ Siriafoɔ aka sɛ: Mmepɔ nyame ne AWURADE, na ɔnyɛ mmonhwa mu nyame nti, mede wɔn asafokuo kɛseɛ yi nyinaa bɛhyɛ wo nsa, na moahunu sɛ mene AWURADE. Na wɔkyeree nsraban, yeinom wɔ yeinom ntentensoɔ, nnanson. Na da a ɛtɔ so nson no, wɔde dɔm koo no kɔbɔɔ anim na Israelfoɔ no kumm Siriafoɔ anammɔnmufoɔ mpemha da koro. Na nkaeɛ no dwanedwane kɔɔ Afek kuro no mu, na ɔfasuo no bu guu nnipa a wɔkaeɛ no mu mpem aduonu nson so. Na Ben-hadad deɛ, ɔdwane kɔɔ kuro no mu firi pia mu kɔɔ pia mu. Na ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, yɛate sɛ Israel fie ahemfo yɛ ahemfo a wɔyɛ adɔeɛ. Ma yɛmfa ayitoma nkyekyere yɛn asene, na yɛmfa ntampehoma mmobɔ yɛn ti, na yɛmfiri nkɔ Israel hene nkyɛn; ebia ɔbɛgye wo kra nkwa. Na wɔde ayitoma kyekyeree wɔn asene, na wɔde ntampehoma bobɔɔ wɔn ti, na wɔbaa Israel hene nkyɛn sɛ: W’akoa Ben-hadad se: Ma me kra nnya nkwa ɛ! Na ɔbisaa sɛ: Ɔda so te ase? Ɔyɛ me nua. Afei na mmarima no rehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ anim kwan, na wɔyɛɛ ntɛm gyee asɛm no, na wɔkaa sɛ: Wo nua ne Ben-hadad. Na ɔse: Monkɔfa no mmra! Na Ben-hadad firi baa ne nkyɛn; na ɔmaa no foro baa teaseɛnam no mu. Na Ben-hadad ka kyerɛɛ no sɛ: Nkuro a m’agya gyee no w’agya nsam no, mɛdane mama, na te mmorɔno nso Damasko fa, sɛdeɛ m’agya tee no Samaria no. Na Ahab kaa sɛ: Me nso, mede apam bɛgya wo kwan. Ɛnna ɔne no pameeɛ, na ɔgyaa no kwan. Ɛnna ɔbarima bi a ɔfiri adiyifoɔ mma mu de AWURADE asɛm ka kyerɛɛ ne yɔnko sɛ: Bɔ me ɛ! Na ɔbarima no ampene sɛ ɔbɔ no. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛsiane sɛ woantie AWURADE nti, hwɛ, wofiri me nkyɛn ha rekɔ ara pɛ a, gyata bɛku wo. Na ɔfiri ne kyɛn kɔeɛ no, gyata hunuu no, na ɔkum no. Na ɔhunuu ɔbarima foforɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ me ɛ! Na ɔbarima no bɔɔ no, ɔbɔɔ no piraa no. Ɛnna odiyifoɔ no kɔ kɔgyinaa ɔkwan no ho twɛn ɔhene, na ɔde abotire akyekyere n’ani akyiri asakyera ne ho. Na ɔhene retwam no, ɔbɔnee ɔhene no sɛ: W’akoa firi kɔɔ ɛko no mu, na hwɛ, ɔbarima bi manee de ɔbarima bi brɛɛ me sɛ: Hwɛ ɔbarima yi so, na sɛ ɔyera a, ɛnneɛ wode wo kra bɛsi ne kra ananmu, anaasɛ wobɛtua dwetɛ talente baako. Na w’akoa reyɛ adeɛ foforɔ no, hwɛ, ɔdwanneeɛ hɔ. Ɛnna Israel hene kaa sɛ: Sɛ w’atemmuo teɛ ne no, wo ara woabu. Ɛnna ɔyɛɛ ntɛm yii abotire no firii n’ani akyire, na Israel hene no hunuu no sɛ ɔfiri adiyifoɔ no mu. Na ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ woama onipa a mahyira no soɔ afiri wo nsa korɔ nti, wo kra bɛsi ne kra ananmu, na wo man asi ne man ananmu. Ɛnna Israel hene no sii mu kɔɔ ne fie, a wakum n’anim na ne bo afuo, na ɔbaa Samaria.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yesreelni Nabot wɔ bobe turo bi Yesreel wɔ Samariahene Ahab ahemfie ho. Na Ahab ka kyerɛɛ Nabot sɛ: Fa wo bobe turo no ma me, na memfa menyɛ fan turo, ɛfiri sɛ ɛbɛn me fie ho, na mɛma wo bobe turo a ɛyɛ sene no ahyɛ ananmu, anaasɛ wopɛ a, mɛma wo ɛho sika. Na Nabot ka kyerɛɛ Ahab sɛ: AWURADE mma yei mpare me, sɛ mede m’agyanom awunnyadeɛ bɛma woɔ. Ɛnna Ahab kɔɔ ne fie a wakum n’anim na waboto, Yesreelni Nabot asɛm a ɔka kyerɛɛ no no nti; sɛ waka akyerɛ no sɛ: Meremfa m’agyanom awunnyadeɛ memma wo. Na ɔdaa ne mpa so danee n’ani, na wannidi. Na ne yere Isebel baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Adɛn na wo honhom aboto sɛɛ na wonnidie yi? Na ɔbuaa no sɛ: Ɛfiri sɛ me ne Yesreelni Nabot kasae, na mesee no sɛ: Fa wo bobeturo no ma me gye sika, anaasɛ nso sɛ wopɛ a, mɛma wo bobeturo ahyɛ ananmu. Na ɔse: Meremfa me bobeturo no memma wo. Ɛnna ne yere Isebel ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ wo na wodi Israel soɔ? Sɔre didi, na ma wo bo ntɔ wo yam, na mede Yesreelni Nabot bobeturo no bɛma wo. Ɛnna ɔde Ahab din twerɛtwerɛɛ nwoma, na ɔde ne nsɔanodeɛ sosɔɔ ano, na ɔsomasoma maa wɔde nwoma no kɔmaa mpanimfoɔ ne adehyeɛ a wɔwɔ ne kurom a wɔne Nabot te mu no. Na ɔtwerɛɛ nwoma no mu sɛ: Mompae mma wɔnni mmuada, na momfa Nabot ntena nkurɔfoɔ no ti. Na momfa mmarima baanu a wɔyɛ mmahuhufoɔ nnyina n’anim, na wɔnni adanseɛ ntia no sɛ: Woadome Onyankopɔn ne ɔhene! Na momfa no mfiri nkɔsi no aboɔ mma no nwu. Ɛnna ne kuro no mufoɔ mpanimfoɔ ne adehyeɛ a wɔte ne kurom no yɛɛ sɛdeɛ Isebel kraa wɔn no, sɛdeɛ ɔtwerɛɛ nwoma a wɔde kɔmaa wɔn no mu no: Wɔpaee sɛ wɔnni mmuada, na wɔde Nabot tenaa nkurɔfoɔ no ti. Na mmarima mmahuhufoɔ baanu ba bɛtenaa n’anim, na mmarima ahuhufoɔ no dii adanseɛ tiaa Nabot ɔman no anim sɛ: Nabot adome Onyankopɔn ne ɔhene. Na wɔyii no firi kɔɔ kuro no akyi kɔsii no aboɔ maa no wui. Ɛnna wɔsoma maa wɔkɔɔ Isebel nkyɛn sɛ: Wɔasi Nabot aboɔ, na wawu. Na Isebel tee sɛ wɔasi Nabot aboɔ na wawuo no, Isebel ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɔre kɔfa Yesreelni Nabot bobeturo a ɔmpɛ sɛ ɔde ma wo gye sika no di so, ɛfiri sɛ Nabot nte ase bio, na wawu. Na ɛbaa sɛ Ahab tee sɛ Nabot awuo no, Ahab sɔree sɛ ɔresiane akɔ Yesreelni Nabot bobeturo no mu akɔfa adi so. Ɛnna AWURADE asɛm baa Tisbini Elia nkyɛn sɛ: Sɔre siane kɔhyia Israelhene Ahab a ɔwɔ Samaria no. Hwɛ, ɔwɔ Nabot bobeturo a wasiane kɔ hɔ sɛ ɔrekɔfa adi soɔ no mu; na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Woadi awu, na woafa obi adeɛ adi so? Na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Faako a akraman taferee Nabot mogya no, ɛhɔ na akraman bɛtafere wo nso wo mogya. Na Ahab ka kyerɛɛ Elia sɛ: Woahu me, me tamfo? Na ɔse: Mahu wo, ɛfiri sɛ woatɔn wo ho ayɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne. Hwɛ, mede bɔne bɛba wo so; mɛpra wo akɔ na matwa Ahab babarima biara wɔ Israel mu, akoa anaa ɔdehyeɛ atwene. Na mɛyɛ wo fie sɛ Nebat ba Yeroboam fie ne Ahia ba Baasa fie, huru a woahuru me bo na woama Israel ayɛ bɔne nti. Na Isebel nso, AWURADE kaa ne ho asɛm sɛ: Akraman bɛwe Isebel nam, Yesreel fasuo ho. Ahab fie mu nipa a ɔbɛwu kuro mu no, akraman na ɛbɛwe ne nam, na deɛ ɔbɛwu wiram no, ewiem nnomaa na ɛbɛdi ne nam. (Ampa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ Ahab a ɔtɔn ne ho sɛ ɔbɛyɛ AWURADE ani so bɔne, ɛfiri sɛ ne yere Isebel hwanyan no. Na ɔyɛɛ akyiwadeɛ sɛ, sɛ ɔdii ahoni huhuo no akyire, sɛdeɛ Amorifoɔ a AWURADE tuu wɔn Israelfoɔ anim yɛeɛ no ara.) Na Ahab tee nsɛm yi no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma firaeɛ, na ɔdii abuada, na ɔdaa ayitoma no mu, na n’anim yɛɛ siamoo. Na AWURADE asɛm baa Tisbini Elia nkyɛn sɛ: Woahunu sɛ Ahab abrɛ ne ho ase m’anim? Ɛsiane sɛ wabrɛ ne ho ase m’anim nti, meremfa bɔne no memma ne berɛ so. Ne ba berɛ so, na mede bɔne no bɛba ne fie soɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Siria ne Israel tenaa hɔ mfeɛ mmiɛnsa a ɔko bi nni wɔn ntam. Na afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no Yudahene Yehosafat siane baa Israel hene nkyɛn. Na Israel hene ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Monnim sɛ Ramot-gilead wɔ yɛn, na yɛn deɛ yɛte hɔ komm na yɛnnye mfiri Siriahene nsam? Na ɔbisaa Yehosafat sɛ: Wo ne me bɛkɔ Ramot-gilead sa anaa? Na Yehosafat buaa Israel hene no sɛ: Mete sɛ wo, me man te sɛ wo man, m’apɔnkɔ te sɛ w’apɔnkɔ. Na Yehosafat ka kyerɛɛ Israel hene sɛ: Bisa AWURADE asɛm nnɛ ɛ! Ɛnna Israel hene boaboaa adiyifoɔ no ano, wɔbɛyɛ mmarima ahanan, na ɔbisaa wɔn sɛ: Menkɔ Ramot-gilead menkɔko anaasɛ mennyae? Na wɔkaa sɛ: Foro kɔ, na AWURADE de bɛhyɛ ɔhene nsa. Ɛnna Yehosafat bisaa sɛ: AWURADE diyifoɔ biara nni ha bio a yɛbɛbisa ne hɔ adeɛ anaa? Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ɔbarima baako bi da so wɔ hɔ a anka yɛbɛtumi abisa AWURADE afiri ne nkyɛn, nanso metane no, ɛfiri sɛ ɔnhyɛ me ho nkɔm pa, sɛ bɔne nko, ɛyɛ Imla ba Mikaia. Na Yehosafat se: Mma ɔhene nnka saa. Ɛnna Israel hene frɛɛ gyaaseni bi, na ɔkaa sɛ: Ma Imla ba Mikaia nnuru ha ntɛm! Na Israel hene ne Yudahene Yehosafat tete wɔn nhennwa so hyehyɛ wɔn ntadeɛ, Samaria pono ano mpraeɛ so, na adiyifoɔ no nyinaa hyehyɛɛ nkɔm wɔn anim. Na Kenaana ba Sedekia ayɛ dadeɛ mmɛn na ɔkaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Yeinom na wode bɛsum Siriafoɔ de kɔsi sɛ wɔbɛwie wɔn sɛeɛ. Na adiyifoɔ no nyinaa hyehyɛɛ nkɔm saa sɛ: Kɔ Ramot-gilead na kɔdi siadeɛ, na AWURADE de ahyɛ ɔhene nsa. Na ɔbɔfoɔ a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, adiyifoɔ no nyinaa de ano korɔ ka asɛmpa kyerɛ ɔhene, ma wo nsɛm nyɛ sɛ wɔn mu baako deɛ, na ka deɛ ɛyɛ! Na Mikaia kaa sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, deɛ AWURADE bɛka akyerɛ me no, ɛno na mɛka. Ɛnna ɔbaa ɔhene nkyɛn. Na ɔhene no bisaa no sɛ: Mikaia, yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko anaasɛ yɛnnyae? Na ɔbuaa no sɛ: Kɔ na kɔdi nim, na AWURADE de ahyɛ ɔhene nsa. Na ɔhene no bisaa no sɛ: Mprɛ ahe ara na menka wo ntam sɛ, nka me asɛm bi sɛ nokorɛ nko AWURADE din mu? Na ɔse: Mahunu Israel nyinaa sɛ wɔahwete mmepɔ soɔ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ, na AWURADE se: Yeinom nni wura, ma wɔnsane nkɔ wɔn afie asomdwoeɛ mu. Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Manka mankyerɛ wo sɛ ɔrenhyɛ me ho nkɔm pa biara, na mmom bɔne? Ɛnna ɔkaa sɛ: Enti tie AWURADE asɛm: Mahunu AWURADE sɛ ɔte n’adwa soɔ, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne ho, ne nifa ne ne benkum. Na AWURADE kaa sɛ: Hwan na ɔbɛdaadaa Ahab na waforo akɔtɔ wɔ Ramot-gilead? Na oyi kaa sɛɛ, na oyi kaa sɛɛ. Na honhom bi firi bɛgyinaa AWURADE anim kaa sɛ: Me na mɛdaadaa no. Na AWURADE bisaa no sɛ: Wode deɛn? Na ɔse: Mɛfiri makɔyɛ atorɔ honhom n’adiyifoɔ nyinaa anomu. Na ɔkaa sɛ: Wobɛdaadaa no na wobɛtumi nso; firi kɔ na kɔyɛ saa. Na afei, hwɛ, AWURADE de honhom torofoɔ ahyɛ w’adiyifoɔ yi nyinaa anomu, na AWURADE aka wo ho bɔne. Ɛnna Kenaana ba Sedekia twe pini bɛbɔɔ Mikaia sotorɔ kaa sɛ: Ɛhe na AWURADE honhom nam firii me nkyɛn kɔ kasa kyerɛɛ woɔ yi? Na Mikaia se: Hwɛ, da a wobɛfiri pia mu akɔ pia mu akɔhunta no na wobɛhunu. Ɛnna Israel hene kaa sɛ: Kyere Mikaia, na fa no kɔ kuro no so hwɛfoɔ Amon ne ɔhene ba Yoas nkyɛn, na kɔka sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Momfa oyi nto nneduadan mu, na momma no ahohiahia aduane nni ne ahohiahia nsuo nnom kɔsi sɛ mɛba no dwoodwoo. Na Mikaia kaa sɛ: Sɛ wosane ba dwoodwoo a, ɛnneɛ na ɛnyɛ AWURADE na ɔnam me so kasaeɛ. Na ɔse: Mo aman nyinaa, montie! Na Israel hene ne Yudahene Yehosafat foro kɔɔ Ramot-gilead. Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Mɛsakyera me ho na makɔ ɔko no ano, na wo deɛ, hyɛ wo ntadeɛ. Na Israel hene no sakyeraa ne ho, na ɔkɔɔ ko no ano. Nso na Siriahene no ahyɛ ne nteaseɛnam a ɔwɔ no so asafohene aduasa mmienu no sɛ: Ma monne akumaa anaa ɔkɛseɛ nnko, gye Israel hene no nko. Na nteaseɛnam so asafohene no hunuu Yehosafat no, wɔkaa sɛ: Ampa, Israel hene no nie! Na wɔmane ne no kɔkoe. Na Yehosafat teaa mu. Na nteaseɛnam so asafohene no hunuu sɛ ɛnyɛ Israel hene ne no no, wɔsane firii n’akyi. Na ɔbarima bi twee ne tadua mu anibiannasoɔ so, na ɔde saa Israel hene no mmɔtoam ne nkataboɔ no ntam. Na ɔka kyerɛɛ ne teaseɛnamkafoɔ no sɛ: Dane wo ho fa me firi ɛdɔm yi mu, na mapira. Na ɔko no mu yɛɛ den da no. Na wɔkura ɔhene no mu maa no gyinaa teaseɛnam no mu Siriafoɔ no anim ara, na ɔwuu anwummerɛ. Na apirakuro no mu mogya sene guu teaseɛnam no mu. Na wɔpae faa nsraban no mu owiatɔ berɛ sɛ: Obiara nkɔ ne kurom ne n’asase so. Na ɔhene no wui, na wɔde no baa Samaria; na wɔsiee ɔhene no Samaria. Na wɔkɔhohoroo teaseɛnam no mu wɔ Samaria tareɛ mu, na akraman bɛtaferee ne mogya, na mmaa nnwamamfoɔ nso dwaree mu, sɛ AWURADE asɛm a ɔkaeɛ no teɛ no. Na Ahab ho nsɛm nkaeɛ, ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne asonse dan a ɔsiiɛ, ne nkuro a ɔkyekyereeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu anaa? Na Ahab toaa n’agyanom wɔ asamando, na ne ba Ahasia bɛdii n’adeɛ. Na Israelhene Ahab afe a ɛtɔ so nnan mu na Asa ba Yehosafat bɛdii Yuda so hene. Yehosafat bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduasa nnum, na ɔdii hene mfirinhyia aduonu nnum wɔ Yerusalem. Na ne na din de Asuba a ɔyɛ Silhi ba. Na ɔfaa n’agya Asa kwan nyinaa so, wammane amfiri ho, na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so; gye sorɔnsorɔmmea no na wɔanyiyie, ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee aduhwam sorɔnsorɔmmea hɔ. Na asomdwoeɛ bɛdaa Yehosafat ne Israel hene ntam. Na Yehosafat ho nsɛm nkaeɛ ne ne mmaninneɛ a ɔyɛeɛ ne sɛdeɛ ɔdii ako no, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu anaa? Na mmarima nnwamamfoɔ nkaeɛ a wɔgyaa wɔn n’agya Asa nna mu no, ɔhyee wɔn ase firii asase no so. Na ɔhene bi nni Edom; na ɔhene abadiakyire na na ɔhwɛ akyire sɛ ɔhene; Yehosafat yɛɛ Tarsis ahyɛn sɛ ɛnkɔ Ofir na ɛnkɔpɛ sika kɔkɔɔ, nanso ankɔ, ɛfiri sɛ ahyɛn no bobɔe wɔ Esion-geber. Ɛno mu na Ahab ba Ahasia ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ma me nkoa ne wo nkoa nkɔ ahyɛn no mu. Na Yehosafat ampene. Na Yehosafat toaa n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho, n’agya Dawid kuro mu; na ne ba Yehoram bɛdii n’adeɛ. Ahab ba Ahasia bɛdii Israel so hene Samaria, Yudahene Yehosafat afe a ɛtɔ so dunson mu, na ɔdii Israel so mfeɛ mmienu. Na ɔyɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔfaa n’agya kwan so, ne ne na kwan so, ne Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no kwan so; na ɔsomm Baal na ɔsɔree no, na ɔhuruu AWURADE, Israel Nyankopɔn bo, sɛdeɛ n’agya yɛeɛ no ara.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na afe a ɛtɔ so aduasa, bosome a ɛtɔ so nnan, da a ɛtɔ so nnum no, berɛ a na mewɔ atukɔfoɔ no mu, Asuo Kebar ho no, ɔsoro bueeɛ, na mehunuu Nyankopɔn hɔ anisoadehunu. Bosome no da a ɛtɔ so nnum, (Ɔhene Yoiakin tukorɔ afe a ɛtɔ so nnum mu no), AWURADE asɛm baa Busi ba Ɔsɔfoɔ Hesekiel nkyɛn, wɔ Kaldeafoɔ asase so, Asuo Kebar ho. Ɛhɔ AWURADE nsa baa ne so. Na mehwɛe, na hwɛ, ahum bi tu firi atifi fam bae, mununkum kɛseɛ ne ogya a ɛtoatoam, na ɔharan atwa ho ahyia. Na biribi te sɛ sika ne dwetɛ mfrafraeɛ a adɔ ahoa ani firi ogya no mfimfini baeɛ. Na emu na abɔdeɛ ateasefoɔ baanan nsɛsoɔ bi firi pueeɛ, na sɛdeɛ wɔn su teɛ nie: Wɔwɔ onipa suban; wɔwowɔ anim nnan nnan, na wɔn mu biara wɔ ntaban nnan nnan. Wɔn nan yɛ torodotorodoo, na wɔn nan ase te sɛ nantwie ba tɔte a ɛho hyerɛn sɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔabere ho dɛhyɛdɛhyɛ. Na wɔwɔ nnipa nsa, wɔn ntaban ase, wɔn afa nnan no, na wɔn baanan no wowɔ anim ne ntaban sɛɛ: Wɔn ntaban no toatoa mu; wɔnnanedane wɔn ho wɔn nanteɛ mu; wɔn nyinaa kɔ anim tee. Na sɛ wɔn anim suban no teɛ nie: Wɔn baanan mu biara wɔ onipa anim wɔ anim; wɔn baanan no wɔ gyata anim wɔ nifa; wɔn baanan no wɔ nantwie anim wɔ benkum; na wɔn baanan no wɔ kɔdeɛ anim wɔ wɔn akyi. Sɛ wɔn anim teɛ nie. Wɔn ntaban mu apae firi soro ba fam; wɔn ntaban mmienu mmienu sisi anim, na mmienu mmienu katakata wɔn nipadua ho. Na wɔn nyinaa nenam kɔ wɔn anim tee, deɛ honhom no rekorɔ hɔ na wɔkorɔ, wɔn nanteɛ mu wɔnnanedane wɔn ho. Na abɔdeɛ ateasefoɔ no suban no, ne wɔn su te sɛ nnyansramma a ɛredɛreɛ, sɛ tɛnee; ɛno na ɛnenam abɔdeɛ ateasefoɔ no ntam, na ogya no hyerɛnn, na anyinam firii ogya no mu. Na abɔdeɛ ateasefoɔ no de mmirika redi akɔneaba te sɛ anyinam. Na merehwɛ abɔdeɛ ateasefoɔ no, na hwɛ, na nkyimiiɛ baako si asase so wɔ abɔdeɛ ateasefoɔ no nkyɛn mu, anim nnan no mu biara deɛ koro. Nkyimiiɛ no tebea ne ne yɛbea te sɛ sikaberɛboɔ ani, na nnan no kura suban korɔ, na wɔn su ne wɔn yɛbea te sɛ nkyimiiɛ a ɛhyɛ nkyimiiɛ mu. Sɛ wɔnante a, wɔnam wɔn afa nnan so, wɔnnanedane wɔ wɔn nanteɛ mu. Wɔn hankra korɔn ma no yɛ hu, na aniwa ayeyɛ hankra no ho amaama atwa nnan no nyinaa ho ahyia. Na sɛ abɔdeɛ ateasefoɔ no nante a, nkyimiiɛ no nso siane wɔn, na sɛ abɔdeɛ ateasefoɔ no ma wɔn ho so firi fam a, na nkyimiiɛ no nso ama ne ho so. Baabiara a honhom no dane korɔ no, wɔkɔ; deɛ honhom no bɛkorɔ no, nkyimiiɛ no memaa ne ho so, wɔn nkyɛn mu kɔ bi, ɛfiri sɛ abɔdeɛ ateasefoɔ no honhom wɔ nkyimiiɛ no mu. Wɔnante a, yeinom nso nante, na sɛ wɔgyina a, yeinom nso gyina, na wɔma wɔn ho so firi fam a, nkyimiiɛ no nso mema wɔn ho so, wɔn nkyɛn mu, ɛfiri sɛ abɔdeɛ ateasefoɔ no honhom wɔ nkyimiiɛ no mu. Na biribi wɔ abɔdeɛ ateasefoɔ no atifi te sɛ ntrɛmu a ɛte sɛ ahwehwɛboɔ a ɛyɛ nwanwa ani a wɔatrɛ mu akatakata wɔn atifi wɔ soro. Na wɔn ntaban tene tee sisi anim, ntrɛmu no ase, na mmienu mmienu nso katakata yeinom ne yeinom nipadua ho. Na wɔnante a, na mete wɔn ntaban no gyegyeɛ sɛ asuo bebree gyegyeɛ, sɛ Otumfoɔ nne, huuyɛ gyegyeegye a ɛte sɛ ɛdɔm nne; sɛ wɔgyina a, wɔgyaagyaa wɔn ntaban mu. Na ɛnne firi ntrɛmu a ɛwɔ wɔn atifi no so; wɔgyina a, wɔgyaagyaa wɔn ntaban mu. Na ntrɛmu a ɛwɔ wɔn atifi no soɔ no te sɛ hoaboɔ ahennwa nsɛsoɔ, na ahennwa no nsɛsoɔ so na obi a ɔte sɛ onipa nsɛsoɔ teɛ wɔ soro. Na mehunui, na ɛte sɛ sika ne dwetɛ mfrafraeɛ a adɔ ahoa ani, ɛte sɛ ogya a emu fam hyia, ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asenem de rekɔ soro, nanso ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asenem de reba fam no, mehunui na ɛte sɛ ogya, na ɛhran twa ho hyia. Sɛdeɛ nyankontɔn a ɛwɔ mununkum mu osutɔ da teɛ no, saa ara na hyerɛn a ɛtwa ho hyia no teɛ. Ɛno ne AWURADE animuonyam hwɛbea no tebea. Na mehunuiɛ no, mehwee ase de m’anim butuu fam, na metee ɛnne a ɛrekasa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sɔre gyina wo nan so, na me ne wo nkasa. Na ɔrekasa akyerɛ me no, honhom bi baa me mu, na ɛmaa me so gyinaa me nan so, na metiee deɛ ɔne me kaeɛ no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, meresoma wo Israel mma nkyɛn, ɔman atuatefoɔ a wɔate m’anim atua no nkyɛn; wɔne wɔn agyanom na afom me de bɛsi nnɛ da yi. Wɔyɛ aniɛdenfoɔ a wɔapirim wɔn akoma; me na meresoma wo wɔ wɔn nkyɛn, na woaka akyerɛ wɔn sɛ: Sei na AWURADE Nyankopɔn seɛ. Na sɛ wɔtie oo, wɔantie oo, (ɛfiri sɛ abusua atuatefoɔ ne wɔn nti), ɛnyɛ dɛn ara a, wɔbɛhunu sɛ odiyifoɔ bi aba wɔn mu. Na wo, onipa ba, nsuro wɔn, na nsuro wɔn nsɛm nso, na nsansono ne nkasɛɛ ne wo na ɛwɔ hɔ, na anyanyankyerɛ ho na woteɛ, nanso nsuro wɔn nsɛm, na mma w’akoma nntu wɔ wɔn anim; na wɔyɛ abusua atuatefoɔ. Na wɔtie oo, wɔantie oo, ka me nsɛm kyerɛ wɔn, na wɔyɛ atuatefoɔ. Na wo, onipa ba, tie deɛ mereka akyerɛ woɔ yi, nyɛ atuateni sɛ atuatefoɔ fie yi; bae w’anomu, na di deɛ mede merema woɔ yi. Mehwɛe, na hwɛ, nsa bi atene hwɛ me so, na hwɛ, na nwoma mmobɔeɛ wɔ mu. Na ɔtrɛɛ mu wɔ m’anim, na wɔatwerɛ emu ne akyire, na wɔatwerɛ mu kwadwom, apinisie ne mmusuo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, deɛ wohunu no, di! Di nwoma mmobɔeɛ yi, na kɔ kɔkasa kyerɛ Israel fie. Ɛnna mebuee m’anomu, na ɔmaa medii nwoma mmobɔeɛ no, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, fa nwoma no hyɛ wo yafunu ma. Na medi hyɛɛ me yafunu ma. Na ɛte sɛ ɛwoɔ wɔ m’anomu. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sim kɔ Israel fie nkyɛn, na fa me nsɛm kɔka kyerɛ wɔn. Na ɛnyɛ ɔman a wɔn kasa mu dɔ na wɔn tɛkyerɛma yɛ duro nkyɛn na wɔasoma woɔ, na mmom Israel fie nkyɛn; ɛnyɛ aman pii a wɔn kasa mu dɔ na wɔn tɛkyerɛma yɛ duro a wonte wɔn nsɛm nkyɛn, ampa, sɛ wɔn nkyɛn na mesomaa wo a, anka wɔn deɛ, wɔbɛtie wo. Na Israel fie mpɛ sɛ wɔtie woɔ, ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔtie me. Na Israel fie nyinaa moma so ayɛ den, na wɔn akoma apirim. Hwɛ, mayɛ w’anim denden wɔ wɔn anim, na mama wo moma so ayɛ den atia wɔn moma so. Mayɛ wo moma so sɛ ahemmoɔ a ɛyɛ den sene twerɛboɔ; nsuro wɔn, na mma w’akoma nntu wɔ wɔn anim, na wɔyɛ atuatefoɔ. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, me nsɛm a mɛka kyerɛ woɔ nyinaa, fa w’akoma gye na fa w’aso tie, na si mu kɔ atukɔfoɔ, wo man no nkyɛn, na kɔka kyerɛ wɔn, na wɔtie oo, wɔantie oo, se wɔn sɛ: Sei na AWURADE Nyankopɔn seɛ. Ɛnna honhom no maa me soɔ, na metee ɔwosoɔ kɛseɛ nne wɔ m’akyiri sɛ: Nhyira ne AWURADE animuonyam firi deɛ ɔteɛ hɔ. Na metee ateasefoɔ no ntaban a ɛtwitwi mu no nne, ne nkyimiiɛ a ɛwowɔ wɔn nkyɛn mu no nne, ne ɔwosoɔ kɛseɛ nne. Na honhom no maa me so faa me kɔe, na mekɔɔ no nwononwono mu, me honhom anibereɛ no mu, na AWURADE nsa yɛɛ me so den. Na mebaa Tel-abib atukɔfoɔ a wɔtete Asuo Kebar ho no nkyɛn deɛ wɔteɛ hɔ no, na metenaa hɔ nnanson, na me ho dwirii me wɔ wɔn mu. Na nnanson twaa mu no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, mede wo masi Israel fie wɛmfoɔ; enti tie m’anomu asɛm na bɔ wɔn kɔkɔ ma me. Sɛ mese ɔbɔnefoɔ sɛ: Wuo na wobɛwuo, na woammɔ no kɔkɔ, na woankasa ankyerɛ no, antwe ɔbɔnefoɔ no amfiri n’akwammɔne so, na wannya nkwa a, ɛnneɛ ɔno ɔbɔnefoɔ no bɛwu n’amumuyɛ mu deɛ, nanso ne mogya deɛ mɛbisa no wɔ wo nsam. Na sɛ wobɔ ɔbɔnefoɔ no kɔkɔ, na wansane amfiri ne bɔne no mu ne n’akwammɔne no so a, ɔbɛwu n’amumuyɛ mu, na wo deɛ, woagye wo kra. Bio, sɛ ɔteneneeni sane firi ne tenenee mu na ɔyɛ abusudeɛ a, mede suntidua bɛto n’anim, na wawu. Sɛ woammɔ no kɔkɔ a, ɔbɛwu ne bɔne no mu, na wɔrenkae n’adetenenee a ɔyɛeɛ no; na ne mogya deɛ, wo nsam na mɛbisa. Nanso sɛ wobɔ ɔteneneeni kɔkɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɔteneneeni bi renyɛ bɔne, na ɔno nso anyɛ bɔne a, nkwa na ɔbɛnya, ɛfiri sɛ watie kɔkɔbɔ, na wo nso woayi wo kra. Na AWURADE nsa baa me so wɔ hɔ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre firi adi kɔ bonhwa no mu, na me ne wo nkɔkasa wɔ hɔ. Ɛnna mesɔre firi kɔɔ bonhwa no mu, na hwɛ, na AWURADE animuonyam no gyina hɔ sɛ animuonyam a mehunuu no Asuo Kebar ho no; na mede m’anim butuu fam. Na honhom no bɛhyɛnee me mu maa megyinaa me nan so, na ɔne me kasae, ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ na kɔto wo ho mu hyɛ wo fie. Na wo, onipa ba, hwɛ, wɔde nhoma bɛgu wo so de akyekyere wo, na worentumi mfiri adi nkɔ wɔn mu. Na wo tɛkyerɛma nso, mɛma no afam wo dodo mu, na woatɔre mum, na woanyɛ wɔn ɔkasakyerɛfoɔ, ɛfiri sɛ wɔyɛ atuatefoɔ fie. Na sɛ me ne wo rebɛkasa a, mɛbue w’ano na woaka akyerɛ wɔn sɛ: Sei na AWURADE Nyankopɔn seɛ. Ma ɔtefoɔ nte, na ogyaefoɔ nnyae; na wɔyɛ asowuiɛ fie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na wo onipa ba, fa ntaayaa to w’anim, na kurukyire so kuro a ɛne Yerusalem, na ka no hyɛ mu, na to aban wɔ ho, na bɔ ho pie, na kyere ho nsraban hyia, na fa ɔfasuobuo afidie sisi ho hyia. Na wo nso, fa dadeɛ ayowa, na fa yɛ dadeɛ fasuo, wo ne kuro no ntam, na dane w’ani kyerɛ no, na ɛnni ntekamu, na tua no; ɛno nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma Israel fie. Na wo deɛ, da wo mfe benkum so, na mede Israel fie amumuyɛ bɛto wo so; ɛnna dodoɔ a woda soɔ no, na wobɛsoa wɔn amumuyɛ. Na me deɛ, mede wɔn amumuyɛ mfeɛ no mayɛ nna dodoɔ mama wo, nna ahasa aduɔkron na wobɛsoa Israel fie amumuyɛ no. Na wowie yeinom a, sane da wo mfe nifa so soa Yuda fie amumuyɛ adaduanan; mede afe baako biara mayɛ wo da koro. Na dane w’ani kyerɛ Yerusalem nkahyɛmu no a wo nsa ho da hɔ, na hyɛ nkɔm gu ne so. Na hwɛ, mede nhoma bɛgu wo so, na woantwa adafa amfiri wo mfe so ankɔ wo mfe so, de bɛkɔ akɔsi sɛ wobɛwie wo nkahyɛmu nna no ansa. Na wo deɛ, fa ayuo ne atokoɔ ne asɛ ne asedua ne kɔkɔte ne aburoo hyɛ adeɛ baako mu fa, na fa yɛ w’aduane di nna dodoɔ a wode bɛda wo mfe soɔ no, ɛne nna ahasa aduɔkron; na w’aduane a wobɛdie no, kari nnwetɛbena aduonu da koro, fa firi berɛ mu kɔsi berɛ mu di. Na nsuo nso susu na nom, susutoa nkyɛmu nsia mu baako, na nom firi berɛ mu kɔsi berɛ mu. Na di no atokoɔ ɔfam a wode sɛbeɛ a ɛfiri onipa mu atoto, wɔn anim. Na AWURADE kaa sɛ: Saa ara na Israelfoɔ bɛdi wɔn aduane a ɛho akum, amanaman a mɛsum wɔn akɔ hɔ no mu. Ɛnna mese: Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, me kra ho nkumii, na adeɛ a atɔ anaasɛ wɔtete mu nso, mennii bi da, de firi me mmɔfraase bɛduru sɛsɛɛ, nanso ɛnam a wɔkyire bi nkaa m’ano da. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, mede nantwie bini masi onipa sɛbeɛ ananmu ama wo, na woato wo paanoo wɔ so. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, hwɛ, paanootoɔ bɛtwam wɔ Yerusalem, na wɔadi paanoo nkariiɛ so ne nhwɛyie mu, na nsuo nso wɔanom no nsusuiɛ ne ahodwirie so, na paanoo ne nsuo ho ahia wɔn, na wɔn ho adwiri wɔn, onipa ne ne nua ho, na wɔatete wɔ wɔn amumuyɛ mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na wo onipa ba, fa nkrantɛ nnamnnam na fa yɛ oyifoɔ yiwan na fa yi w’atifi ne wo bɔgyesɛ, na fa nsania kari nwi no, na kyɛ mu. Nkyɛmu mmiɛnsa mu baako, fa ogya hye wɔ kuro no mfimfini, berɛ a nkahyɛmu nna no awie duro no, na fa afena bobɔ ho hyia. Na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso fa pete mframa mu, na mɛtwe nkrantɛ madi akyire. Na fa emu kakraa bi a ne dodoɔ sua kyekyere w’atadeɛ ano. Na fa emu bi bio, na to gu ogya mu, fa ogya hye: Ɛno mu na ogya bɛfiri aba Israel fie nyinaa so. Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yei ne Yerusalem, mede no asi amanaman ntam, na nsase atwa ne ho ahyia. Na ɔte m’atemmudeɛ atua di abɔnefosɛm sene amanaman no, ne m’ahyɛdeɛ nso, sene nsase a atwa ne ho ahyia no; na wɔapo m’atemmudeɛ, na wɔannante m’ahyɛdeɛ mu: Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ modii asɛmmɔne sene amanaman a wɔatwa mo ho ahyia, na moannante m’ahyɛdeɛ mu, na moayɛ m’atemmudeɛ, na moanyɛ sɛ amanaman a wɔtwa mo ho hyia no atemmudeɛ mpo no, ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, na mɛbu wo atɛn, amanaman no anim. Na ɛsiane w’akyiwadeɛ nyinaa nti, mɛyɛ wo deɛ menyɛɛ bi da, na merenyɛ ne nsɛsoɔ bio. Enti wo mu na agyanom bɛdi mma nam, na mma adi wɔn agyanom nam, na mabu wo mu atɛn, na mabɔ wo nkaeɛ nyinaa apete mframa nyinaa ano. Enti sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɛsiane sɛ wode w’atantanneɛ nyinaa, ne w’akyiwadeɛ nyinaa agu me kronkronbea ho fi nti, me nso mɛpra wo, na m’ani renni wo ho adɔna, na me nso merenhunu mmɔbɔ. Wo mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛwuwu owuyadeɛ ano, na ɛkɔm bɛdwerɛ wɔn wo mu, na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛtotɔ nkrantɛ ano atwa wo ho ahyia, na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso, mɛbɔ wɔn apete mframa nyinaa mu, na matwe nkrantɛ madi wɔn akyi. Na m’abufuo bɛwie na mama m’anibereɛ adwo wɔn so, na me werɛ akyekye; na sɛ meyɛ m’anibereɛ no so adeɛ wɔn so a, wɔahunu sɛ me, AWURADE, makasa me ninkuntwe mu. Na mɛyɛ wo amamfo ne ahohora, amanaman a wɔatwa wo ho ahyia mu, wɔn a wɔtwam nyinaa anim. Na wɔbɛyɛ ahohora ne yea, asotwe ne ahodwire ama amanaman a wɔatwa wo ho ahyia no, ɛberɛ a mɛbu wo mu atɛn, abufuo ne anibereɛ ne anibereɛ animka mu no, me AWURADE na maka. Ɛberɛ nso a mede ɛkɔm agyan bɔne bɛtoto wɔn ama ɔsɛeɛ aba no, deɛ mɛtoto sɛ mede meresɛe mo, na mɛma ɛkɔm adɔɔso mo so, na mabu mo paanoo dua no. Na mɛma ɛkɔm ne mmoa bɔne aba mo so, na wɔama woadi mmasugya, na owuyadeɛ ne mogya bɛfa wo mu, na mede nkrantɛ bɛba wo so; me, AWURADE, na maka.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Israel mmepɔ, na hyɛ nkɔm tia wɔn, na ka sɛ: Mo Israel mmepɔ, montie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, nsubɔnhwa ne mmonhwa nie: Hwɛ mede nkrantɛ mereba mo so mabɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea, na mo afɔrebukyia adane afo, na wɔabubu mo aduhwam adum no, na mama mo atɔfoɔ agugu mo abosom ahoni anim, na mede Israelfoɔ afunu magu wɔn abosom anim, na mabɔ mo nnompe apete mo afɔrebukyia ho ahyia. Mo tenabea nkuro nyinaa bɛdane amamfo, na sorɔnsorɔmmea no bɛdane ahodwirideɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mo afɔrebukyia adane afo ne ahodwirideɛ, na wɔabubu mo abosom ahoni asɛe no, na wɔatwitwa mo aduhwam adum, na wɔagu mo nneyɛɛ no. Na atɔfoɔ bɛhwehwe ase mo mu, na moahunu sɛ mene AWURADE. Nanso mɛgya mo mu ebinom a wɔbɛfiri nkrantɛ ano aka, amanaman mu, berɛ a wɔbɛbɔ mo apete nsase soɔ no. Na mo mu nnipa a wɔbɛfiri mu afire no, bɛkae me, amanaman a wɔafa wɔn nnommum kɔ hɔ no mu, sɛ mabubu wɔn adwamammɔ akoma a atwe afiri me ho, ne wɔn ani a ɛdi wɔn abosom akyiri adwamammɔ mu no; na wɔn ara wɔn ho bɛyɛ wɔn nwunu, nnebɔne a wɔayɛ, wɔn akyiwadeɛ nyinaa mu no ho. Na wɔbɛhunu sɛ mene AWURADE; ɛnyɛ ɔkwa na maka sɛ mɛyɛ wɔn bɔne yi. Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Bɔ wo nsam, na fa wo nan pempem fam, na ka sɛ: Ao, Israel fie akyiwadeɛ bɔne nyinaa nti wɔnnue, sɛ wɔbɛtotɔ nkrantɛ ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano. Deɛ ɔwɔ akyirikyiri bɛwu owuyadeɛ ano, na deɛ ɔbɛn nso bɛtɔ nkrantɛ ano, na deɛ waka ne deɛ wɔakora no no bɛwu ɛkɔm ano, na m’anibereɛ bɛwie wɔn so. Na mobɛhunu sɛ mene AWURADE, sɛ wɔn atɔfoɔ bɛdeda wɔn abosom ahoni ntam, atwa wɔn afɔrebukyia ho ahyia, nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so ne mmepɔ atifi nyinaa ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase ne adum akusukusuu nyinaa ase, deɛ wɔhye hɔ aduhwam ma wɔn abosom ahoni nyinaa no. Na mɛtene me nsa atia wɔn, na mɛyɛ asase no afo ne ahodwirideɛ asene Ribla serɛ so, wɔn tenabea nyinaa mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Wo onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ Israel asase nie: Awieeɛ! awieeɛ na ɛreba asase no ntwea nnan soɔ. Afei awieeɛ reba wo so, na mɛsoma m’abufuo aba wo so, na mabu wo w’akwan ho ntɛn, na mede w’akyiwadeɛ nyinaa bɛba wo so. Na m’ani renni wo ho adɔna, na merenhunu wo mmɔbɔ, na w’akwan na mɛma no aba wo soɔ, na w’akyiwadeɛ atena wo mu, na moahunu sɛ mene AWURADE. Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Adebɔne, adebɔne baako bi, hwɛ, ɛreba! Awieeɛ aba, awieeɛ no aba, asɔre atia wo, hwɛ ɛreba! Asase soteni, deɛ wɔahyɛ no reba wo so; ɛberɛ no aduru, ɛda no abɛn, hooyɛ berɛ, na ɛnyɛ mmepɔ so anigyeɛ huro! Afei ɛrenkyɛre na mahwie m’abufuhyeɛ agu wo so, na mawie m’abufuo wo mu, na mabu wo w’akwan ho atɛn, na mɛtea wo wɔ w’akyiwadeɛ nyinaa ho. Na m’ani rennodo wo ho, na merenhunu wo mmɔbɔ; w’akwan ho ntea na mede bɛma woɔ, na w’akyiwadeɛ atena wo mu, na moahunu sɛ me, AWURADE na mebobɔ. Hwɛ, ɛda no nie, hwɛ, ɛreba; deɛ wɔahyɛ no refifi, aban no refefɛ, ahantan no ahanehane. Atiritirasɛm asɔre ayɛ abɔnefosɛm abaa; wɔn ne wɔn asafo yuu ne wɔn hooyɛ no mu hwee nka, na yie biara nni wɔn mu. Ɛberɛ no aba, ɛda no rebɛn; mma ɔdetɔfoɔ ani nnnye na ɔdetɔnfoɔ nnni abooboo, na abufuhyeɛ no aba n’asafo yuu nyinaa so; na ɔdetɔnni, sɛ ɔda so te ase nso a, ɔrensane mma deɛ watɔn no ho, na adehunu a ɛfa n’asafo yuu nyinaa ho no rensane, na obiara remfa n’amumuyɛ nhyɛ ne nkwa mu den. Wɔhyɛne totorobɛnto na wɔsiesie ade nyinaa deɛ, nanso deɛ ɔkɔ ɔsa nni hɔ; na m’anibereɛ ba wɔn asafo yuu nyinaa so. Nkrantɛ wɔ mfikyire, na owuyadeɛ ne ɛkɔm wɔ efie. Deɛ ɔwɔ wiram bɛwu nkrantɛ ano, na deɛ ɔwɔ kuro mu no, ɛkɔm ne owuyadeɛ bɛkum no. Na wɔn mu adwanefoɔ firi mu a, wɔbɛkɔ akɔtena mmepɔ so, na wɔn nyinaa ayɛ sɛ mmonhwa mu mmuburo a wɔsisi apini, obiara n’amumuyɛ ho. Nsa nyinaa mu bɛgogo, na nkotodwe nyinaa ahono sɛ nsuo; na wɔafirafira ayitoma, na awɔse agu wɔn so; na aniwuo akata anim nyinaa, na wɔn nyinaa atifi bɛpa. Wɔbɛtoto wɔn dwetɛ agugu mmorɔno so, na wɔn sika adane sɛ sumina; wɔn dwetɛ ne wɔn sika rentumi nnye wɔn AWURADE abufuo da no mu, wɔremfa mma wɔn kra mmee, na wɔremfa nhyɛ wɔn ayamdeɛ mu mama, ɛfiri sɛ ɛyɛɛ wɔn amumuyɛ ho suntidua. Na wɔn ahokekadeɛ fɛfɛ no, wɔde dii ahantansɛm, na wɔde yɛɛ wɔn akyiwadeɛ mfonini, wɔn atantanneɛ no, ɛno nti na mɛma no adane efi ama wɔn. Na mede bɛhyɛ ananafoɔ nsa, na wɔafom, ne asase so abɔnefoɔ nsa, na ayɛ wɔn asadeɛ, na wɔagu ho fi. Na mɛdane m’ani afiri wɔn so, na wɔagu m’akoradeɛ ho fi, na adwotwafoɔ bɛhyɛne mu agu ho fi. Yɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn! Na mogya ho atemmuo ayɛ asase no ma, na atirimuɔden ahyɛ kuro no ma; enti mede amanaman nnipa bɔne bɛba, na wɔbɛfa wɔn afiafi afa, na mɛtwa ahoɔdenfoɔ ahantan to ma wɔagu wɔn akronkronneɛ ho fi. Ɔsɛeɛ reba; na wɔhwehwɛ asomdwoeɛ, nso ebi nni hɔ. Mmusuo pae mmusuo so, akwansosɛm pae akwansosɛm so. Na wɔhwehwɛ odiyifoɔ hɔ adehunu, na mmara bɔ ɔsɔfoɔ, na afotuo bɔ mpanimfoɔ. Ɔhene di abooboo, na ɔberempɔn fira ahodwirie, na asase no so aman aba mu abu. Wɔn akwan ho adeɛ na mɛyɛ wɔn, na wɔn atemmudeɛ na mede bɛbu wɔn atɛn, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na afe a ɛtɔ so nsia, bosome a ɛtɔ so nsia, da a ɛtɔ so nnum a mete me fie na Yuda mpanimfoɔ tete m’anim no, AWURADE Nyankopɔn nsa tɔɔ me so wɔ hɔ. Na mehwɛe, na hwɛ, onipa suban bi a ɛte sɛ ogya nie, ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asene mu de rekɔ fam yɛ ogya, na ɛfiri n’asene mu de rekɔ soro no te sɛ ɔhyerɛn, ɛte sɛ kɔbere mfrafraeɛ a adɔ ahoa ani. Na ɔyii biribi a ɛte sɛ nsa nsɛsoɔ, na ɔsɔɔ m’atifi nwi mu, na honhom no maa me so faa asase ne ɔsoro ntam de me kɔɔ Yerusalem, Nyankopɔn anisoadehunu no mu, de me baa emu fam ponkɛseɛ a ɛkyerɛ atifi fam no ano, deɛ ninkuntwe honi bi a ɛyi ninkunu sie hɔ. Na hwɛ, na Israel Nyankopɔn animuonyam wɔ hɔ sɛ adeɛ a mehunuu no bonhwa no mu no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, ma w’ani so kɔ atifi fam ɛ! Na memaa m’ani so kɔɔ atifi fam, na hwɛ, afɔrebukyia ponkɛseɛ no atifi fam na ninkuntwe honi no sie wɔ aboboano. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, wohunu deɛ wɔreyɛ yi? Akyiwadeɛ akɛseɛ a Israel fie reyɛ wɔ ha yi, sɛ memfiri me kronkronbea menkɔ akyirikyiri. Na wobɛsane ahunu akyiwadeɛ akɛseɛ bio. Na ɔde me baa abannwa so pono ano, na mehwɛe, na hwɛ, na tokuro baako wɔ ɔfasuo no mu. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, bɔne fasuo no mu tokuro ɛ! Na mebɔnee ɔfasuo no mu tokuro, na hwɛ, ɛpono bi nie. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛne mu kɔhwɛ akyiwadeɛ bɔne a wɔreyɛ no wɔ ha. Ɛnna mehyɛnee mu mekɔhwɛeɛ, na hwɛ, mmoa a wɔwea ne mmoa ahodoɔ a wɔkyire nyinaa ne Israel fie abosom ahoni nyinaa na wɔakurukyire wɔ wɔn ɔfasuo no ho ahyia yi. Na mmarima aduɔson a wɔfiri Israel fie mpanimfoɔ mu a Safan ba Yaasania gyina wɔn mu gyinagyina wɔn anim, na wɔn aduhwamhyeɛ kukuo kurakura wɔn nsam, na aduhwamhyeɛ wisie no hwa sɔree. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, wohunu deɛ Israel fie mpanimfoɔ reyɛ no esum mu, wɔn ahoni mpia mu mmaako mmaako? Ɛfiri sɛ wɔka sɛ: AWURADE nhu yɛn, AWURADE agya asase no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wobɛsane ahunu akyiwadeɛ akɛseɛ a wɔreyɛ bio. Ɛnna ɔde me baa AWURADE fie ponkɛseɛ a ɛkyerɛ atifi fam no ano, na hwɛ, ɛhɔ na na mmaa teteɛ resu Tamus. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, woahunu? Wobɛsane ahunu akyiwadeɛ akɛseɛ a ɛsene yeinom bio. Ɛnna ɔde me baa AWURADE fie mu fam abannwa soɔ, na hwɛ, AWURADE asɔredan ano, ntwonoo ne afɔrebukyia no ntam no, mmarima aduonu nnum a wɔn akyiri kyerɛ AWURADE asɔredan na wɔn anim kyerɛ apueeɛ resɔre owia nie. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, woahunu yei? Ɛyɛ hare ma Yuda fie sɛ wɔyɛ akyiwadeɛ a wɔyɛ no ɛha yi, sɛ wɔde atirimuɔden rehyɛ asase yi so ma, na wɔasane abɛhuru me boɔ? Na hwɛ, wɔde duban no ka wɔn hwene. Na me nso, mɛdi no anibereɛ so; m’ani renni ho adɔna, na merenhunu mmɔbɔ; na wɔde nne kɛseɛ bɛsu agu m’aso mu deɛ, nanso merentie wɔn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔde nne kɛseɛ teaa mu guu m’aso mu sɛ: Ma kuro no so ahwɛfoɔ ntwe mpini, na obiara mfa n’akodeɛ a ɔde sɛe adeɛ nkura ne nsam. Na hwɛ, mmarima baasia firi atifi ponkɛseɛ a ɛkyerɛ atifi fam kwan no so reba, wɔn kɔdiawuo nnadeɛ kurakura wɔn nsam, na ɔbarima baako wɔ wɔn mu a ɔhyɛ nwera, na ɔtwerɛfoɔ toa bɔ n’asene, na wɔbaa mu bɛgyinaa kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no ho. Na Israel Nyankopɔn animuonyam no firii Kerub a ɛwɔ soɔ no so baa ɛdan no pono ano, na ɔfrɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera atadeɛ a ɔtwerɛfoɔ toa bɔ n’asene no, na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sene fa kuro no mu, Yerusalem mu na hyɛ nnipa a wɔsisi apini di akyiwadeɛ a wɔyɛ wɔ mu no ho abooboo no nyinaa moma so agyiraeɛ. Na wɔn a aka no, ɔka guu m’aso mu sɛ: Monkɔdi n’akyi mfa kuro no mu, na monkunkum; mommma mo ani nnnodo ho, na monnhunu mmɔbɔ. Nkɔkoraa, mmeranteɛ ne mmabaa ne mmɔfra ne mmaa, monkum wɔn nsɛe wɔn; na obiara a wɔahyɛ no agyiraeɛ no deɛ, monnka no; na me kronkronbea hɔ na momfiri aseɛ. Ɛnna wɔfirii aseɛ, firi mpanimfoɔ a wɔwɔ efie no anim no soɔ. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mongu efie no ho fi, na momfa atɔfoɔ nhyehyɛ abannwa no so ma ma; momfiri adi! Na wɔfirii adi kɔkunkumm wɔ kuro no mu. Na wɔkunkumm no, ɛkaa me nko ara. Na mede m’anim butuu fam, na meteaa mu sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, woresɛe Israel nkaeɛ nyinaa wɔ w’abufuhyeɛ a worehwie agu Yerusalem soɔ no mu anaa? Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Israel ne Yuda fie amumuyɛ no yɛ kɛseɛ pa ara, na mogya ayɛ asase no so ma, na ntɛnkyea ayɛ kuro no ma; na wɔka sɛ: AWURADE agya asase no, na AWURADE nhunu. Enti me nso m’ani renni ho adɔna, na merenhunu mmɔbɔ; mede wɔn kwan bɛbua wɔn atifi. Na hwɛ, ɔbarima a wɔhyɛ nwera atadeɛ a ɔtwerɛfoɔ toa bɔ n’asene no de asɛm sane baa sɛ: Mayɛ sɛdeɛ wohyɛɛ me no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na mehunui, na hwɛ, na ntrɛmu a ɛwɔ Kerubim no atifi no so biribi te sɛ hoaboɔ a wɔhwɛ a, ne suban ne ne tebea te sɛ ahennwa nsɛsoɔ. Na ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera atadeɛ no sɛ: Kɔ nkyimiiɛ no ntam, Kerub no ase hɔ, na fa nnyansramma firi Kerubim no ntam hyehyɛ wo nsam ma ma, na fa pete kuro no so. Na ɔkɔɔ mu wɔ m’anim. Nso ɔbarima no kɔɔ mu no, na Kerubim no gyinagyina ɛdan no nifa so, na mununkum no ayɛ emu fam abannwa no so ma. Ɛnna AWURADE animuonyam no maa ne ho so firii Kerub no so kɔɔ ɛdan no aponnwa atifi, na mununkum no hyɛɛ ɛdan no ma, na AWURADE animuonyam hyerɛn hyɛɛ abannwa no so ma. Na ɔtee Kerubim no ntaban mu gyegyeɛ no kɔsii ɛho fam abannwa no so, sɛ Onyankopɔn Tumfoɔ a ɔrekasa no nne. Na ɔhyɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera atadeɛ no sɛ: Fa ogya firi nkyimiiɛ no ntam, Kerubim no ntam no, ɔkɔɔ mu kɔgyinaa nkyimiiɛ no ho. Na Kerub no tenee ne nsa firii Kerubim no ntam de kɔɔ Kerubim no ntam gya no ho, na ɔfaa ebi guu deɛ ɔhyɛ nwera atadeɛ no nsam, na ɔgyee de firii adi. Na Kerubim no wɔ biribi a ɛte sɛ nipa nsa wɔ wɔn ntaban ase. Na mehunui, na hwɛ, na nkyimiiɛ nnan wowɔ Kerubim no nkyɛn mu, nkyimiiɛ baako wɔ Kerubim no mu biara nkyɛn mu, na nkyimiiɛ no ani te sɛ sikabereɛboɔ ani. Na nnan no nyinaa suban yɛ su korɔ, te sɛdeɛ nkyimiiɛ hyɛ nkyimiiɛ mu. Ɛnante a, ɛnam n’afanan so, ɛnnanedane wɔ ne nanteɛ mu, na deɛ etire no hwɛ no, ɛdi akyire saa; ɛnnanedane wɔ ne nanteɛ mu. Na wɔn honam nyinaa ne wɔn akyi ne wɔn nsa ne wɔn ntaban ne nkyimiiɛ no, ani ayeyɛ ɛho ma ma atwa ho ahyia, wɔn baanan no wowɔ wɔn nkyimiiɛ. Nkyimiiɛ no, m’aso mu na wɔtoo no din sɛ: Kyinhyia nkyimiiɛ. Na wɔwowɔ anim nnan nnan; deɛ ɔdi kan no anim yɛ Kerub no deɛ, na deɛ ɔtɔ so mmienu no anim yɛ onipa anim, na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no anim te sɛ gyata, na deɛ ɔtɔ so nnan no deɛ yɛ ɔkɔdeɛ anim. Na Kerubim no memaa wɔn ho so. Yeinom ne ateasefoɔ a mehunuu wɔn Asuo Kebar ho no. Na Kerubim no nante a, nkyimiiɛ no siane wɔn; na Kerubim no mema wɔn ntaban so sɛ wɔde rema wɔn ho so afiri asase so a, nkyimiiɛ no nso nnane mfiri wɔn nkyɛmu. Sɛ wɔgyina a, yeinom nso gyina, na sɛ wɔmema wɔn ho so a, yeinom nso mema ne ho so, ɛfiri sɛ ateasefoɔ no honhom wɔ mu. Ɛnna AWURADE animuonyam firii ɛdan no pono ano kɔgyinaa Kerubim no soɔ. Na Kerubim no memaa wɔn ntaban so, na wɔmemaa wɔn ho so firii asase so, m’anim, sɛ wɔrefiri adi, na nkyimiiɛ no wowɔ wɔn nkyɛn mu; na wɔkɔgyinaa AWURADE fie apueeɛ fam ponkɛseɛ no ano, na Israel Nyankopɔn animuonyam no wɔ wɔn atifi wɔ soro. Yeinom ne ateasefoɔ a mehunuu wɔn Israel Nyankopɔn aseɛ, Asuo Kebar ho no, na mehunuu sɛ ɛyɛ Kerubim. Obiara wɔ anim nnan nnan, na obiara wɔ ntaban nnan nnan, na onipa nsa nsɛsoɔ wowɔ wɔn ntaban no ase. Na wɔn anim nsɛsoɔ ne anim a mehunuu no Asuo Kebar ho no yɛ pɛ. Wɔn nyinaa nante kɔ wɔn anim tee.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na honhom no maa me so de me kɔɔ AWURADE fie no apueeɛ fam ponkɛseɛ a ɛkyerɛ apueeɛ no ano; na hwɛ, na mmarima aduonu nnum gyina ɔponkɛseɛ no ano, na mehunuu Asur ba Yaasania ne Benaia ba Pelatia, ɔman no mu mmapɔmma no, wɔ wɔn mu. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, yeinom ne mmarima a wɔdwene abususɛm na wotu fo bɔne, kuro yi mu. Wɔse: Berɛ a wɔde sisi adan mpinkyɛnee. Kuro yi ne ɛsɛn no, na yɛne nam no. Ɛno nti, hyɛ wɔn ho nkɔm, hyɛ nkɔm, onipa ba! Na AWURADE honhom tɔɔ me so, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ka, sɛ AWURADE seɛ nie: Saa na moka, Israel fie, na deɛ ɛba mo adwene mu no, me deɛ, menim. Moama mo atɔfoɔ adɔɔso kuro yi mu, na mode atɔfoɔ funu ahyehyɛ emu mmorɔno so ma ma. Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mo atɔfoɔ a mode agugu mu no, wɔne nam no, na kuro no ne ɛsɛn no, na mo deɛ, wɔbɛyi mo afiri mu. Nkrantɛ na mosuro, nso nkrantɛ ara na mede bɛba mo soɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Na mɛyi mo afiri mu, na mede mo mahyɛ ananafoɔ nsa, na mɛbu mo atɛn. Nkrantɛ ano na mobɛtotɔ, Israel hyeɛ so na mɛbu mo atɛn, na moahunu sɛ mene AWURADE. Kuro no renyɛ mo ɛsɛn, na mo nso morenyɛ mu nam; Israel hyeɛ so na mɛbu mo atɛn, na moahunu sɛ mene AWURADE a moanni m’ahyɛdeɛ soɔ, na moanyɛ m’atemmudeɛ, na amanaman a wɔatwa mo ho ahyia no atemmudeɛ so na modiiɛ. Na ɛbaa sɛ merehyɛ nkɔm no, Benaia ba Pelatia wui. Ɛnna mede m’anim butuu fam de nne kɛseɛ suu sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, wie na worewie Israel nkaeɛ koraa? Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, wo nuanom, wo nuanom mpo ne w’abusuafoɔ, ne Israel fie mu nyinaa, ne Yerusalemfoɔ na ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfiri AWURADE ho nkɔ akyirikyiri, yɛn na wɔde asase yi ama yɛn sɛ yɛnni soɔ. Ɛno nti ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛwom sɛ mede wɔn kɔɔ akyirikyiri, amanaman mu, na mebɔɔ wɔn petee nsase so deɛ, nanso mayɛ wɔn kronkronbea kakra, nsase a wɔakɔ soɔ no so. Ɛno nti ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛboa mo ano afiri aman mu, na matase mo afiri nsase a wɔabɔ mo apete soɔ no so, na mede Israel asase no mama mo, na wɔbɛba hɔ abɛyi emu atantanneɛ nyinaa ne emu akyiwadeɛ nyinaa afiri mu akɔ. Na mɛma wɔn akoma korɔ, na mede honhom foforɔ mahyɛ wɔn mu, na mayi ɔboɔ akoma no afiri wɔn honam mu, na mama wɔn honam akoma, na wɔanante m’ahyɛdeɛ mu, na wɔadi m’atemmudeɛ so ayɛ, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn. Na wɔn a wɔn akoma di wɔn atantanneɛ ne wɔn akyiwadeɛ akyire no deɛ, mede wɔn kwan bɛbua wɔn atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Ɛnna Kerubim no memaa wɔn ntaban soɔ, na nkyimiiɛ no di wɔn nkyɛnmu, na Israel Nyankopɔn animuonyam no wɔ wɔn so wɔ soro. Na AWURADE animuonyam no maa ne ho so firii kuro no mu, na ɛkɔgyinaa bepɔ a ɛda kuro no anim no so. Na honhom no maa me so de me kɔɔ Kaldea, atukɔfoɔ no nkyɛn, anisoadehunu mu, Nyankopɔn honhom mu. Na adeɛ a mehunuiɛ no firii me so kɔɔ soro. Na mekaa AWURADE nsɛm a ɔmaa mehunuiɛ no nyinaa kyerɛɛ atukɔfoɔ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, wote atuatefoɔ fie, nnipa a wɔwɔ ani a wɔde hunu adeɛ nanso wɔnhunu, na wɔwɔ aso a wɔde teɛ nanso wɔnteɛ; na atuatefoɔ fie ne wɔn. Na wo, onipa ba, yɛ otukorɔ adeɛ fa, na tu kɔ awia, wɔ wɔn anim, na tu firi wo tenabea kɔ baabi foforɔ, wɔn anim; ebia wɔbɛhunu; na asowuiɛ fie ne wɔn. Na yi wo nnoɔma firi adi sɛ ɔtukorɔ adeɛ awia, wɔn anim, na wo ara deɛ, firi adi anwummerɛ, sɛ atukɔfoɔ kɔ no no. Tu ɔfasuo no mu tokuro, wɔn anim, na fa mu firi adi. Wɔn anim ara na fa nnoɔma no to wo kɔn ho, na anim biri a, wode afiri adi. Kata w’ani na woanhunu asase no, na mede wo mayɛ nsɛnkyerɛnneɛ mama Israel fie. Ɛnna meyɛɛ saa, sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no, meyii me nnoɔma firii adi sɛ otukorɔ adeɛ awia, na anwummerɛ no, mede me nsa tuu ɔfasuo no mu tokuro, na anim rebiribiri no, mede firii adi bɔɔ akɔnkɔn wɔ wɔn anim. Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn anɔpa sɛ: Onipa ba, Israel fie, atuatefoɔ fie no, nka nkyerɛɛ wo sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi? Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Adesoa yi fa ɔberempɔn a ɔte Yerusalem ne Israel fie a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa ho. Ka sɛ: Mene mo nsɛnkyerɛnneɛ; sɛdeɛ meyɛeɛ no, saa na wɔbɛyɛ wɔn, otukorɔ mu, nnommumfa mu na wɔbɛkorɔ. Na ɔberempɔn a ɔwɔ wɔn mu no, anim rebirie no, ɔde n’adesoa bɛto ne kɔn ho, na wafiri adi; ɔfasuo mu na wɔbɛtu tokuro sɛ wɔrefa mu afiri adi; ɔbɛkata n’ani na wamfa n’ani anhunu asase no. Na mede m’asau bɛgu ne so, na wɔayi no me fidie mu, na mede no akɔ Babel, Kaldeafoɔ asase so. Na ɛno mpo ɔrenhunu, na ɛhɔ na ɔbɛwuo. Na wɔn a wɔatwa ne ho ahyia sɛ wɔbɛboa no nyinaa ne n’asafo nyinaa, mɛbɔ wɔn apete mframa nyinaa ano, na matwe nkrantɛ adi wɔn akyi. Na sɛ mesunsum wɔn kɔ amanaman mu, na mebɔ wɔn pete nsase so a, wɔbɛhunu sɛ mene AWURADE. Na mɛgya wɔn mu nnipa kakraa bi afiri nkrantɛ ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, deɛ ɛbɛyɛ na wɔaka wɔn akyiwadeɛ no nyinaa, amanaman a wɔkɔ hɔ no mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, fa ahopopoɔ di w’aduane, na fa ahopopoɔ ne awerɛhoɔ nom wo nsuo. Na ka kyerɛ asase no so aman no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka no Yerusalemfoɔ a wɔwɔ Israel asase soɔ no ho nie: Wɔde awerɛhoɔ na ɛbɛdi wɔn aduane, na wɔde ahodwirie bɛnom wɔn nsuo, ɛsiane sɛ n’asase adane afo na ne mayɛ abɔ no, ɛsofoɔ nyinaa mmusubɔ no nti. Na nkuro a wɔtete mu no bɛsɛe, na asase no adane afo, na moahunu sɛ mene AWURADE. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, abebusɛm bɛn na mowɔ no Israel asase so sɛ: Nna no rekyɛ, na adehunu nyinaa reyera? Ɛno nti, ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛma abebusɛm yi to atwa, na wɔremmu no Israel mu bio; na mmom kasa kyerɛ wɔn sɛ: Nna no ne adehunu nyinaa asɛm abɛn. Na adehunu hunu biara ne atorɔ nkɔmhyɛ biara rentena Israel fie bio. Na mene AWURADE, na mɛkasa; asɛm a meka no, na ɛbɛyɛ hɔ, wɔrentwe nkɔ akyiri bio: O atuatefoɔ fie, mo berɛ aso ara, na mɛka asɛm na mɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, hwɛ, Israel fie ka sɛ: Adehunu a ɔhunu no bɛba nna bebree akyi, na ɛberɛ a ɛwɔ akyirikyiri ho nkɔm na ɔrehyɛ. Ɛno nti ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Wɔrentwe me nsɛm mu biara nkɔ akyiri bio; asɛm a meka no, wɔbɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, hyɛ Israel adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm no ho nkɔm, na ka kyerɛ wɔn a wɔfiri wɔn ara wɔn tirim hyɛ nkɔm no sɛ: Montie AWURADE asɛm. Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Wɔnnue, adiyifoɔ nkwaseafoɔ a wɔdi wɔn honhom akyire na wɔnhunu hwee no. Israel, w’adiyifoɔ ayɛ sɛ akurofo mu nsakraman. Momforo nkɔgyinaa ntokuro no mu, na monnyee Israel fie ho ban, sɛ mobɛgyina akono, AWURADE da no. Ahuhudeɛ ne atorɔ nkɔmhyɛ na wɔn a wɔka sɛ: AWURADE asɛm nie, no hunu, nso na AWURADE nsomaa wɔn, nanso wɔtwɛn sɛ ɔbɛma wɔn asɛm no aba mu. Ɛnyɛ ahuhudeɛ na mohunu na atorɔ nkɔm na mohyɛ, sɛ moka sɛ: AWURADE asɛm nie, wɔ berɛ a menkasaeɛ? Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛnam sɛ moka ahuhusɛm na mohunu atorɔ anisoadeɛ yi nti, hwɛ, me ne mo anya, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Na me nsa bɛba adiyifoɔ a wɔhunu ahuhudeɛ na wɔhyɛ nkɔntorɔ no so: Wɔrentena me man badwa no mu, na wɔrentwerɛ wɔn din Israel fie edintwerɛ no mu, na wɔremma Israel asase so, na moahunu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn. Ɛfiri sɛ, aane ɛfiri sɛ wɔsisi me man ka sɛ: Asomdwoeɛ, na asomdwoeɛ nni hɔ, na ɔman no to fasuo bi, na hwɛ, wɔn deɛ, wɔde hyire sra ho nti, ka kyerɛ wɔn a wɔde hyire sra ho no sɛ: Ɛbɛhwe ase! Osuo a ɛsram soɔ bɛba, na asukɔtweaa bɛtotɔ, na kyinhyia mframa bɛbɔ. Na hwɛ, ɔfasuo no bɛhwe ase. Wɔrenka nkyerɛ mo sɛ: Ɛhe na sra a mosraa ho no wɔ? Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛma kyinhyia mframa abɔ wɔ m’abufuhyeɛ mu, na osuo a ɛsram soɔ aba wɔ m’abufuo mu, na asukɔtweaa aba anibereɛ mu abɛwie. Na mɛdwiri fasuo a mode akaadoo kaa ho no agu ama no aka fam, na ne nnyinasoɔ ada adi, na ahwe ase, na moadwerɛ wɔ mu, na moahunu sɛ, mene AWURADE. Na mɛwie m’abufuhyeɛ, ɔfasuo ne wɔn a wɔde hyire sraa ho no so, na maka akyerɛ mo sɛ: Ɔfasuo no nni hɔ bio, na wɔn a wɔsraa ho no nso nni hɔ bio, Israel adiyifoɔ a wɔkaa Yerusalem ho adiyisɛm, sɛ wɔhunuu asomdwoeɛ adeɛ maa no, nanso asomdwoeɛ biara nni hɔ no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Na wo, onipa ba yi w’ani sa wo man mmaa a wɔfiri wɔn adwene mu hyehyɛ nkɔm no, na hyɛ wɔn ho nkɔm sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Monnue, mo mmaa a mopempam nkataho ma nsa akwaa nyinaa, na mopam nnuku ma etire ahodoɔ nyinaa, sɛ mode reyi akra. Moyi me man akra, na mo ara mo kra deɛ, mogye no nkwa? Na mogu me ho fi, me man mu, atokoɔ nsa ma ma ne paanoo afono ma bi nti, sɛ mode atorɔ a modi kyerɛ me man a wɔtie atorɔ no rekum akra a ɛnni kum, na moregye akra a wɔnnsɛ nkwa no nkwa. Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne nkaberɛ a mode reyi akra sɛ nnomaa no anya, na mɛtete afiri mo basa ho, na magyaa akra no, akra a moyi wɔn no, ama wɔatutu akɔ sɛ nnomaa. Na mɛtete mo nnuku, na mayi me man afiri mo nsa mu, na wɔantena mo nsa mu sɛ ahayɛdeɛ bio, na moahunu sɛ mene AWURADE. Ɛsiane sɛ mode atorɔ ma ɔteneneeni a, me deɛ, menhyɛ no awerɛhoɔ no akoma tutuo, na mohyɛ ɔbɔnefoɔ nsa mu den, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wansane amfiri ne kwammɔne so na wannnya nkwa nti, morenhunu anisoadeɛ huhuo bio, na nkɔm nso morenhyɛ bio; na mɛyi me man afiri mo nsa mu, na moahunu sɛ mene AWURADE.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Israel mpanimfoɔ mu bi baa me nkyɛn bɛtenaa m’anim. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, mmarima yi de wɔn abosonhunu ahyɛ wɔn akomam, na wɔde wɔn amumuyɛ suntidua asisi wɔn anim. Memma wommisa me hɔ biribi mma wɔn? Enti kasa kyerɛ wɔn na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Obiara a ɔfiri Israel fie a ɔde n’abosonhunu hyɛ n’akomam na ɔde n’amumuyɛ suntidua si n’ani soɔ, na ɔba odiyifoɔ nkyɛn no, me, AWURADE, mɛbua no ho bi, n’abosonhunu no dodoɔ so, na masɔ Israel fie no mu, wɔn akoma mu, sɛ wɔde wɔn abosonhunu no nyinaa ate wɔn ho afiri me ho no. Enti ka kyerɛ Israel fie sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Monsane na monnane mo ho mfiri mo abosonhunu no ho, na monnane mo ani mfiri mo akyiwadeɛ no nyinaa ho. Na obiara a ɔfiri Israel fie, anaa ɔhɔhoɔ a wabɛyɛ Israel mu ɔhɔhoɔ no mu, na wawae afiri me ho, na ɔde n’abosonhunu hyɛ n’akoma mu, na ɔde n’amumuyɛ suntidua si n’ani soɔ, na ɔba odiyifoɔ nkyɛn bɛbisa no me hɔ adeɛ no, me AWURADE, me ara na mɛbua no. Na mɛma m’ani asa onipa no, na mɛdwiri no ama no ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne akasabebuo, na matwa no afiri me man mu, na moahunu sɛ mene AWURADE. Na sɛ odiyifoɔ no ma wɔdaadaa no na ɔka asɛm bi a, ɛnneɛ me, AWURADE, na madaadaa odiyifoɔ ko no, na mɛtene me nsa wɔ ne so asɛe no afiri me man Israel mu, na wɔasoa wɔn amumuyɛ no; sɛdeɛ ɔdebisani no amumuyɛ teɛ no, sɛ odiyifoɔ no amumuyɛ bɛyɛ ne no, deɛ ɛbɛyɛ na Israel fie amfom kwan amfiri m’akyiri bio, na wɔamfa wɔn mmarato nyinaa angu wɔn ho fi bio, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, sɛ asase bi yɛ me bɔne di afomfonsɛm bi, na metene me nsa wɔ so, na mebu ne paanoo dua mu, na mema ɛkɔm ba so, na metwa nnipa ne mmoa firi so, na sɛ mmarima baasa yi, Noa, Daniel ne Hiob wɔ hɔ a, wɔn deɛ, wɔn tenenee ho na wɔbɛgye wɔn kra, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Sɛ mema mmoa bɔne kyini asase no so, na wɔdwerɛ ɛsofoɔ, na ɛdane afo a mmoa no nti obiara ntwam mfa so a, sɛ mmarima baasa yi wɔ so a, sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa, mmabanin ne mmammaa mpo, wɔrennye wɔn; wɔn ara nko na wɔbɛgye wɔn, na asase no deɛ, ɛbɛdane afo. Anaasɛ mede nkrantɛ meba asase no so, na mese: Nkrantɛ, fa asase no so, na metwa nnipa ne mmoa firi so a, na mmarima baasa yi wɔ so a, sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, mmabanin ne mmammaa mpo, wɔrennye wɔn, na wɔn ara nko na wɔbɛgye wɔn. Anaasɛ mema owuyadeɛ ba asase no so, na mehwie m’abufuhyeɛ gu so, mogya mu, sɛ meretwa nnipa ne mmoa afiri so, na Noa, Daniel ne Hiob wɔ so a, sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa, wɔrennye ɔbabanin ne ɔbabaa; na wɔn deɛ, wɔn tenenee so na wɔbɛgye wɔn kra. Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Na nkantom sɛ mɛma m’atemmudeɛ bɔne nnan, nkrantɛ ne ɛkɔm ne mmoa bɔne ne owuyadeɛ, aba Yerusalem so de atwa nnipa ne mmoa afiri so! Nanso, hwɛ, nnipa a wɔbɛfiri mu afire bɛka wɔn mu, mmammarima ne mmammaa, wɔde wɔn bɛfiri adi; hwɛ, wɔbɛfiri adi aba mo nkyɛn, na moahunu wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ, na moakyekyere mo werɛ, bɔne a mede baa Yerusalem soɔ, adeɛ a mede baa soɔ no nyinaa ho. Na sɛ mohunu wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ a, wɔbɛkyekyere mo werɛ, na moahunu sɛ ɛnyɛ ɔkwa na meyɛɛ adeɛ a meyɛɛ no wɔ wɔn mu no nyinaa, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, ɛdeɛn na bobe dua de sene nnua nyinaa, bobe homa a ɛwɔ wira mu nnua mu no? Wɔfa mu dua de yɛ adwuma bi, anaasɛ wɔfa mu bi yɛ pɛɛwa, sɛ wɔde adeɛ biara bɛsɛne soɔ? Hwɛ, wɔde gu ogya mu, na ahye: Sɛ ogya ahye ano mmienu, na mfimfini ahye a, ɛfata adwuma bi yɛ anaa? Hwɛ, ɛda so di mu no, wɔamfa anyɛ hwee, na nkantom sɛ ogya ahye no dwɛɛ yi, na wɔde bɛyɛ biribi bio anaa? Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛdeɛ bobe dua teɛ wɔ kwaeɛ mu nnua mu, a mede mema ogya ma no hyeɛ no, saa na mede Yerusalemfoɔ bɛma, na mɛyi m’ani masa wɔn; wɔfiri ogya mu, na ogya ara na ɛbɛhye wɔn, na moahunu sɛ mene AWURADE, m’ani a meyi mesa wɔn no mu. Na mɛma asase no adane afo, ɛfiri sɛ wɔadi afomfonsɛm, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, ma Yerusalem nhunu n’akyiwadeɛ no, na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ Yerusalem nie: W’ase ne w’awoɔ asase ne Kanafoɔ asase so, w’agya yɛ Amorini, na wo na yɛ Hetini. Na w’awoɔ mu deɛ, da a wɔwoo woɔ no, wɔantwa wo funuma, na wɔamfa nsuo annware wo amma wo ho amfi, nkyene nso wɔamfa ansra wo, na wɔamfa ntoma ankyekyere wo. Obiara yam anhyehye no amma wo anyɛ wo yeinom mu biara amfa anhu wo mmɔbɔ, na wɔtoo wo twenee ɛserɛ so, too wo kra ho pe, da a wɔwoo woɔ no. Ɛnna mebɛsianee wo ho na mehunuu woɔ, sɛ wɔabɔ wo adapaa, wo mogya mu, na meka mekyerɛɛ wo, wo mogya no mu, sɛ: Nya nkwa! Meyɛɛ wo dodoɔ pɛnhunuano sɛ wiram mfefɛeɛ, na wodɔre yɛɛ kɛseɛ, na w’ahoɔfɛ boroo so, wo mpokua bobɔe na wo nwi fui; nanso na woda adagya, nam kwaterekwa. Na mebɛsianee wo ho na mehunuu wo, na hwɛ, ɛyɛ wo berɛ, ɔdɔ berɛ; na mede me ntaban metrɛɛ wo so, na mekataa w’adagya so, na mekaa wo ntam, na me ne wo yɛɛ apam, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, na woyɛɛ me deɛ. Na mede nsuo dwaree wo, na mehohoroo wo ho mogya no, na mesraa wo ngo; na mede atadeɛ a wɔadi mu adwini hyɛɛ wo, na mede sukraman nwoma mpaboa hyɛɛ wo, na mede nwera pa kyekyeree wo, na mede serekye ntoma kataa wo ho; na mede ahyehyɛdeɛ hyehyɛɛ wo, na mede nkapo hyehyɛɛ wo nsa, na mede nkɔnmuadeɛ guu wo kɔn mu, na mede adwinneɛ hyɛɛ wo hwene mu, na mede asomuadeɛ hyehyɛɛ wo, na mede abotire fɛfɛ bɔɔ wo. Na wɔde sika ne dwetɛ hyehyɛɛ wo ho, na wo ntadeɛ yɛ nwera pa ne serekye ne nkyeremu; esiam ne ɛwoɔ ne ngo na wodiiɛ, na wo ho yɛɛ fɛ pa ara, na wodii yie kɔduruu ahennie mu. Na w’ahoɔfɛ nti wo din trɛtrɛ kɔɔ amanaman mu, ɛfiri sɛ m’animuonyam a mede hyɛɛ woɔ no maa no wiee fɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Nanso wode wo ho too w’ahoɔfɛ so, na wobɔɔ adwaman guu wo din so, na wohwiee w’adwamammɔ guu obiara a ɔretwam so; ne no daeɛ. Na wofaa wo ntadeɛ no bi de yɛɛ nsaasaawa wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ fae, na wobɔɔ so adwaman, nnoɔma a ɛte saa bi mmaa da, ɛrenyɛ saa nso. Na wofaa wo nnwinneɛ fɛfɛ no, me sika ne me dwetɛ a memaa woɔ no bi, na wode yɛɛ mmarima ahoni fae, na wode bɔɔ adwaman; na wode wo nkyeremu ntadeɛ kataa wɔn ho, na wode me ngo ne m’aduhwam sisii wɔn anim. Na m’aduane a memaa woɔ, esiam ne ngo ne ɛwoɔ a mede meyɛnee woɔ no, wode sisii wɔn anim sɛ ɛnyi hwa hwamhwam. Deɛ ɛyɛeɛ nie, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Na wofaa wo mmabanin ne wo mmammaa a wowo maa me no de wɔn bobɔɔ afɔdeɛ maa wɔn sɛ wɔnni. W’adwamammɔ yɛ ade ketewa, sɛ wokunkumm me mma na woyii wɔn maeɛ maa wɔfaa ogya mu maa wɔn no? Na w’akyiwadeɛ ne w’adwamanneɛ nyinaa mu no, woankae wo mmabaaberɛ nna no a na woda adagya na wonnam kwaterekwa bɔ wo ho adapaa, wo mogya mu no. Na wo nnebɔne nyinaa akyiri no, wo ara, (due, due! AWURADE Nyankopɔn asɛm nie), wotoo dampan faeɛ na woyɛɛ pampa faeɛ, mmɔntene nyinaa soɔ. Nkwantia nyinaa wotoo wo pampa, na woguu w’ahoɔfɛ no ho fi, na wobaee w’ananmu maa obiara a ɔsene, na womaa w’adwamammɔ dɔɔso. Na wo ne Misraim mma a wɔte wo ho a wɔn honam soso no bɔɔ adwaman, na womaa w’adwamammɔ dɔɔso de huruu me bo. Na hwɛ, wo so na metenee me nsa, na metee w’aduane a mehyɛeɛ soɔ, na meyii wo mae sɛ w’atamfo, Filistifoɔ mmammaa a wɔn ani wuu w’ahohwibɔ ho no pɛ no. Nso wo ne Asiria mma bɔɔ adwaman, ɛfiri sɛ na wommee. Na wo ne wɔn bɔɔ adwaman, nanso woammee. Nso womaa w’adwamammɔ dɔɔso kɔduruu Kanaan asase a ɛne Kaldea, na yei nso ammee wo. Sɛdeɛ w’akoma asi ahodwo afa, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, sɛ wɔyɛɛ yeinom a ɛyɛ ɔbaa dwamamfoɔ a ɔso ne tire no nneyɛɛ no nyinaa! Wotoo wo dampan, akwan nyinaa tia, na woyɛɛ pampa, mmɔntene nyinaa soɔ no, woanyɛ sɛ odwamamfoɔ mpo, ɛne sɛ wopoo apɛdeɛ. Ɛyerɛ a ɔsɛe awadeɛ, ɔfa ananafoɔ si ne kunu ananmu. Nnwamamfoɔ nyinaa, wɔma wɔn akyɛdeɛ, na wo deɛ, wode w’akyɛdeɛ kyekyɛ w’adɔfoɔ nyinaa, na woma wɔn adanmudeɛ, sɛ wɔmfiri mmaa nyinaa mmra wo nkyɛn adwamammɔ. Enti wo deɛ, woyɛ sononko wɔ mmaa a aka no wɔ adwamammɔ mu: Sɛ obi nhyɛ da mmɛpɛ wo ne wo mmɔ adwaman, na wo na woma apɛdeɛ; na wo deɛ, obi mma wo apɛdeɛ, enti na woyɛ sononko no. Ɛno nti, odwamamfoɔ, tie AWURADE asɛm! Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ wɔhwiee wo ho fi guiɛ, na wɔayi w’adagya soɔ, w’adwamammɔ mu, ama w’akyiwadeɛ abosonhunu no nyinaa ne wo mma a wode wɔn maa wɔn no mogya nti, hwɛ, merehyiahyia w’adɔfo a woafam wɔn ho no nyinaa ne wɔn a woadɔ wɔn nyinaa mabɔ wɔn a woatane wɔn no nyinaa so. Ɛfiri afa nyinaa na maboaboa wɔn ano atia wo, na mayi w’adagya adi akyerɛ wɔn, na wɔahunu w’adagya nyinaa. Na mede mmaa awaresɛefoɔ ne mogyakagufoɔ atemmudeɛ bɛbu wo atɛn, na mayɛ wo abufuhyeɛ ne ninkuntwe mogya, na mede wo ahyɛ wɔn nsa, na wɔadwiri wo dampan, na wɔaburi wo mpampa, na wɔaworɔ wo ho ntadeɛ, na wɔafa wo nnwinneɛ fɛfɛ no, na wɔagya wo adagya ne kwaterekwa mu, na wɔama wɔabɛbɔ wo so dwa, na wɔasi wo aboɔ, na wɔde wɔn nkrantɛ atwitwa wo mu, na wɔde ogya ahye w’adan, na wɔde w’atemmuo mu adeɛ ayɛ wo, mmaa bebree ani so, na mama woagyae adwamammɔ; na akyɛdeɛ nso, worenkyɛ bio. Na mɛma m’abufuhyeɛ no adwo wɔ wo ho, na me ninkuntwe afiri wo so, na mɛyɛ komm a me bo renhuru bio. Ɛsiane sɛ wonkaee wo mmabaaberɛ mu nna no, na wode yeinom ha me nti, na me nso, hwɛ, mede w’abrabɔ bua w’atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, na mammɔ w’akyiwadeɛ nyinaa so mmusuo. Hwɛ, obiara a ɔbubu mmɛ no bɛbu wo ho bɛ yi sɛ: Sɛdeɛ ɛna teɛ na ne ba teɛ. Wo ne wo na a ɔpo ne kunu ne ne mma no ba, na wo ne nuammaanom a wɔpo wɔn kununom ne wɔn mma no nuabaa; mo na yɛ Hetini, na mo agya yɛ Amorini. Na wo nuabaa panin ne Samaria, ɔno ne ne mmammaa a wɔte wo benkum soɔ no, na wo nuabaa kumaa a ɔte wo nifa soɔ ne Sodom ne ne mmammaa. Nso woamfa wɔn akwan so na wɔyɛɛ wɔn akyiwadeɛ no nko, na mmom ɛyɛɛ kakraa bi pɛ, na wosɛe senee wɔn, w’akwan nyinaa so. Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa, wo nuabaa Sodom ne ne mmammaa anyɛ sɛdeɛ wo ne wo mmammaa ayɛ yi. Hwɛ, yei ne wo nuabaa Sodom amumuyɛ no: Ahantan, adidimeeɛ ne yiedie dwoodwoo mu na ɔno ne ne mmammaa tenaeɛ, na mmɔborɔni ne ohiani nsa deɛ, wansɔ mu; na wɔyɛɛ ahantan yɛɛ akyiwadeɛ wɔ m’anim, na meyii wɔn hɔ sɛdeɛ me ara mepɛ. Na Samaria anyɛ wo bɔne no mu fa, na womaa w’akyiwadeɛ dɔɔso senee wɔn, na wode w’akyiwadeɛ a woyɛeɛ no nyinaa buu wo nuammaanom bem. Wo nso, soa w’ahohora a wobu maa atɛn maa wo nuammaanom no. Wo bɔne a woama no ayɛ akyiwadeɛ asene wɔn no nti, wɔtene sene wo, na wo nso, ma w’ani nwu na soa w’ahohora, sɛ woabu wo nuammaanom bem. Na mede wɔn nnommum, Sodom ne ne mma nnommum, ne Samaria ne ne mmammaa nnommum, ne wo nnommumfa mu nnommum a ɛwɔ wɔn mu no bɛsane aba, deɛ ɛbɛyɛ na woasoa w’ahohora, adeɛ a woayɛ nyinaa ho de akyekyere wɔn werɛ. Na wo nuammaanom, Sodom ne ne mmammaa bɛsane aba wɔn kane dibea mu, na Samaria ne ne mmammaa bɛsane aba wɔn kane dibea mu, na wo nso wo ne wo mmammaa bɛsane aba mo kane dibea mu. Na wo nuabaa Sodom anyɛ w’anomu asɛnka, w’ahantan nna no mu, ansa na wɔreyi wo bɔne adie, sɛ ɛberɛ a Siria mmammaa ne wɔn a wɔtwa ne ho hyia nyinaa, Filistifoɔ mmammaa a wɔyi wo ahi no sopaa wo, afa nyinaa no. W’abusudeɛ ne w’akyiwadeɛ no, wo ara na woso, AWURADE asɛm nie. Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Meyɛ wo sɛdeɛ woyɛeɛ no ara a, wobuu ntanka animtia sɛ worebu apam soɔ no. Na me deɛ, mɛkae m’apam a me ne wo pamm no wo mmabaaberɛ mu no, na mɛma daa apam atim hɔ ama wo. Na sɛ mede wo nuammaanom a wɔsene wo panin ka wo nuammaanom a wɔyɛ w’akyiri mma no ho de wɔn meyɛ wo mmammaa a ɛnnyina m’apam no so a, ɛno na wobɛkae w’akwan na w’ani awu. Na me na mɛma me ne wo apam no agyina, na woahunu sɛ, me ne AWURADE, deɛ ɛbɛyɛ na woakaeɛ, na w’ani awuo, na w’aniwuo nti woammue w’ano bio, sɛ makata deɛ woyɛeɛ no nyinaa so mama woɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, to aborɔme no ka mfatohosɛm yi kyerɛ Israel fie, sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɔkɔdeɛ kɛseɛ bi, a ɔwɔ ntaban akɛseakɛse, ne ntakra atenteneatentene, ntakra nworanworan ayɛ ne ho ma, baa Lebanon bɛbuu tweneduro nkona. Ne nkɔnmu mu ban na ɔpaneeɛ, na ɔde kɔɔ adwadie asase bi so, ɔkɔtɛɛ no adwadifoɔ kuro bi mu. Na ɔfaa asase no so aba bi de kɔduaa asase pa bi mu, ɔde sii nsuo bebree ano, ɔtɛɛ no sɛ nsunoa dua. Na ɛfifirii yɛɛ bobe a ɛdennaneeɛ a ɛhwihwa fam ma ne mman tenetene baa ne ho, na ne nhini wɔ n’ase; na ɛyɛɛ bobe na ɛyiyii mman na ahahan baa so. Nso na ɔkɔdeɛ kɛseɛ foforɔ bi wɔ hɔ, ne ntaban akɛseakɛse, na ne ntakra bebree. Na hwɛ, bobe no firi n’akofie a wɔtɛɛ no wɔ mu no mu tentene, ne nhini kɔɔ ne fam, na ɛyiyii ne mman kɔɔ ne so, sɛ ɔmma no nsuo. Afu pa so ne nsuo bebree ho na ɔtɛeɛ, sɛ ɛnyiyi mman, na ɛnso aba, na ɛnyɛ bobe fɛfɛ. Ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛbɛyɛ yie? Ɔrentutu ne nhini, na ɔntwitwa n’aba na atwintwam? Ahahan a ɛfefɛeɛ no nyinaa bɛtwintwam, na ɛnyɛ basa kɛseɛ anaa ɛdɔm bebree na wɔde bɛsɔ ne nhini mu atu no. Na hwɛ, wɔatɛ no yi, ɛbɛkye? Berɛ a apueeɛ mframa bɛka no no, ɛnyɛ kusa na ɛbɛkusa anaa? Akofie a ɛfifirii soɔ no so na ɛbɛtwintwam. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Ka kyerɛ asowuiɛ fie no sɛ: Monhunu adekodeɛ a yei yɛ? Ka sɛ: Hwɛ, Babel hene baa Yerusalem, na ɔbɛfaa emu hene ne emu asafohene, na ɔde wɔn kɔɔ ne nkyɛn Babel. Na ɔfaa ahennie asefoɔ no mu obi, na ɔne no pamee, na ɔmaa no kaa no ntam, (na asase no so atumfoɔ no deɛ, ɔfaa wɔn kɔe), sɛ ɛnyɛ ahennie a wɔabrɛ no aseɛ, na amma ne ho so bio, na ɔnni apam no so na ɛnnyina. Nanso ɔtee n’anim atua somaa n’abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Misraim, sɛ wɔmma no apɔnkɔ ne ɛdɔm bebree. Ɛbɛsi no yie anaa? Deɛ ɔyɛ yeinom bɛfiri mu afi anaa? Ɔbɛsɛe apam no na wafa ne ho adi anaa? Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɔhene a ɔsii no hene a wammu ne nseɛ no, na wabu n’apam soɔ no tenabea, ne nkyɛn hɔ wɔ Babel, na ɔbɛwuo. Na ɛnyɛ ɛdɔm kɛseɛ ne asafo bebree na Farao de bɛdi ama no. Ɛsa mu wɔbɛto epie na wɔasisi aban atentene de atwa nnipa pii agu. Ɛfiri sɛ, wammu ntam no na ɔbuu apam so; na hwɛ, wadi nse, nanso wayɛ yeinom nyinaa. Ɔremfiri mu mfi. Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ mete aseɛ yi, ampa ara, me ntam a wammuo ne m’apam a wabu soɔ no na mede bɛbua n’atifi. Na mɛtrɛ m’asau ne so, na wɔayi no me fidie mu, na mede no akɔ Babel, na fom a ɔfom me no, me ne no bɛdi wɔ hɔ; na n’adwanefoɔ a ɛwɔ n’asafo nyinaa, nkrantɛ ano na wɔbɛtotɔ, na wɔn a wɔaka no, wɔbɛbɔ wɔn apete mframa nyinaa mu, na moahunu sɛ me, AWURADE, na maka. Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Me nso mɛbu tweneduro a ɛkorɔn no nkona mu bi akɔtɛ, ne mfefɛeɛ mu tire bɛtɛbɛtɛ no bi na mɛpan makɔdua no bepɔ a ɛkorɔn na ɛwareɛ bi so; Israel bepɔ sorɔnsorɔn so na mɛdua no, na ɛbɛyiyi mman aso aba, na ayɛ tweneduro kunini, na nnomaa nyinaa, ntakraboa nyinaa abɛsisi aseɛ; ne mman nwunu mu na wɔbɛsisie. Na wiram nnua nyinaa ahunu sɛ me, AWURADE, na mabrɛ dua bantenn no aseɛ, na mama dua a ɛhwihwa fam akorɔn, mama duamono adwan na mama duawuiɛ afefɛ. Me, AWURADE, na maka, na mayɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Mokyerɛ sɛn, sɛ mobu bɛ yi Israel asase so sɛ: Agyanom twɛre abunu, na mma se fem, a? Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, moremmu bɛ yi Israel mu bio. Hwɛ, akra nyinaa wɔ me. Sɛ agya kra wɔ me no, sɛ ɔba nso kra wɔ me ne no; ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na ɔbɛwuo. Na sɛ onipa yɛ ɔteneneeni, na ɔyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ, na ɔnni afɔreduane mmepɔ no so, na ɔmma n’ani so nhwɛ Israel fie ahoni huhuo no, na ɔngu ne yɔnko yere ho fi na ɔnkɔ ɔbaa a wayɛ bra ho, na ɔnhom obi so, na ɔde ɔkafoni awowasideɛ sane ma, ɔnyɛ ɔpempensini, ɔde n’aduane ma deɛ ɔdi kɔm na ɔfira ɔdagyani ntoma, na ɔmmɔ bosea na ɔnnye nsiho, na ɔtwe ne nsa firi abusudeɛ ho, na ɔbu onipa ne onipa ntam atɛntenenee, na ɔnam m’ahyɛdeɛ mu, na ɔdi m’atemmudeɛ so di nokwasɛm a, ɔno na ɔteneneeni ne no; nkwa na ɔbɛnya, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Na sɛ ɔwɔ ɔba korɔmfoɔ a ɔka mogya guo, na ɔyɛ yeinom mu baako pɛ, na ɔno ara deɛ ɔnnyɛ nnoɔma yeinom biara, (wanyɛ yeinom mu biara), na sɛ nso ɔdi afɔreduane mmepɔ no so, na ɔgu ne yɔnko yere ho fi, na ɔhom mmɔborɔni ne ohiani so, ɔyɛ ɔpempensideɛ nso ɔnnane mma, na ɔma n’ani so hwɛ ohoni huhuo yɛ akyiwadeɛ, na ɔbɔ bosea na ɔgye nsiho a, ɔbɛnya nkwa anaa? Aane, ɔrennya nkwa! Wayɛ akyiwadeɛ yi nyinaa, wuo na ɔbɛwuo, ne mogya bɛbua n’atifi. Na hwɛ ɔwo ɔba, na ɔno deɛ, ɔhunu n’agya bɔne a ɔyɛ nyinaa, na ɔsuro, na ɔnyɛ saa bi, na ɔnni afɔreduane mmepɔ no so, na ɔmma n’ani so nhwɛ Israel fie ahoni huhuo, na ɔngu ne yɔnko yere ho fi, na ɔnhom obi so, na ɔnnye awowasideɛ nsie, na ɔnyɛ ɔpempensini, na ɔde n’aduane ma deɛ ɛkɔm de no, ɔfira ɔdagyani ntoma, na ɔsianka ne nsa firi mmɔborɔni ho, na ɔnnye mfɛntomu ne nsiho, na ɔyɛ m’atemmudeɛ nam m’ahyɛdeɛ mu a, ɔno deɛ, ɔrenwu n’agya amumuyɛ mu; nkwa na ɔbɛnya. N’agya no, ɛnam sɛ wadi amim, asi ne nua apempem, na wayɛ deɛ ɛnyɛ, ne man mu nti hwɛ, ɔbɛwu n’amumuyɛ mu. Na moka sɛ: Adɛn nti na ɔba nsoa n’agya amumuyɛ bie? Na sɛ ɔba no ayɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ adi m’ahyɛdeɛ nyinaa so ayɛ a, nkwa na ɔbɛnya. Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno na ɔbɛwuo; ɔba rensoa n’agya amumuyɛ bi, na agya nso rensoa ne ba amumuyɛ bi; ɔteneneeni tenenee bɛtena ne so, na ɔbɔnefoɔ abɔnefosɛm bɛtena ne so. Na ɔbɔnefoɔ nso, sɛ ɔsane firi ne bɔne a wayɛ nyinaa ho, na ɔdi m’ahyɛdeɛ nyinaa so, yɛ atemmudeɛ a, nkwa na ɔbɛnya, ɔrenwu. Ne mmarato adeɛ a ɔyɛeɛ nyinaa, wɔrenkae mma no bio; ne tenenee a wayɛ no mu na ɔbɛnya nkwa. Pɛ na mepɛ ɔbɔnefoɔ wuo anaa? AWURADE Nyankopɔn asɛm nie; ɛnyɛ sɛ ɔsane firi ne kwan soɔ na ɔnya nkwa na mepɛ anaa? Nanso sɛ ɔteneneeni sane firi ne tenenee ho kɔyɛ abusudeɛ ne akyiwadeɛ nyinaa a ɔbɔnefoɔ yɛ a, ɔbɛnya nkwa anaa? Ne tenenee a ɔyɛeɛ nyinaa, wɔrenkae; ne fom a wafom ne ne bɔne a wayɛ no mu na ɔbɛwuo. Nanso moka sɛ AWURADE kwan ntene. Montie ɛ, Israel fie, me kwan ntene anaa? Ɛnyɛ mo akwan na ɛntene? Sɛ ɔteneneeni sane firi ne tenenee ho kɔyɛ abusudeɛ, na ɔwu wɔ mu a, n’abusudeɛ a ɔyɛeɛ no mu na ɔwuiɛ. Nso sɛ ɔbɔnefoɔ sane firi n’abɔnefosɛm a wadie no ho bɛyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ a, ɔno deɛ, wagye ne kra nkwa. Na sɛ wahunu, na wasane afiri ne mmarato a ɔdiiɛ no nyinaa ho nti, nkwa na ɔbɛnya, ɔrenwu. Nanso Israel fie ka sɛ AWURADE kwan ntene. M’akwan ntene, Israel fie? Ɛnyɛ mo akwan na ɛntene? Ɛno nti Israel fie, mɛbu mo mo akwan ho atɛn mmaako mmaako, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Monsane na monnane mo ho mfiri mo mmaratodeɛ nyinaa ho, na mmusuo anyɛ suntidua amma mo. Montoto mo mmaratodeɛ a mode too mmara no nyinaa mfiri mo so ngu, na monyɛ akoma foforɔ ne honhom foforɔ mfa. Na adɛn nti na ɛsɛ sɛ mowuo yi, Israel fie? Na menni deɛ ɔrewuo no wuo ho anigyeɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Enti monsane, na mommɛnya nkwa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na wo deɛ, twa Israel aberempɔn ho kwadwom na ka sɛ: Adɛn na wo na, gyatabereɛ no butu agyatanini ntam yɛne ne mma gyataburuwa mu? Na ɔyɛnee ne mma mu baako, ɔyɛɛ gyataburuwa na ɔsuaa ahayɔ; ɔdii nnipa nam, na amanaman tee ne nka, na wɔkyeree no wɔn amena mu, na wɔde hwene mu kaa twee no kɔɔ Misraim asase so. Na ne na hunuu sɛ watwɛn, nanso n’anidasoɔ ayera no, ɔfaa ne mma mu bi de no yɛɛ gyataburuwa. Na ɔnenam agyata mu no, ɔyɛɛ gyataburuwa, na ɔsuaa ahayɔ; ɔdii nnipa nam. Na ɔhunuu wɔn akunafoɔ, na ɔbobɔɔ wɔn nkuro, na ne mmobomu gyegyeegye nti, asase no ne ne mayɛ sɛee. Ɛnna amanaman a wɔfiri nsase soɔ no ba bɛtwaa ne ho hyiaeɛ, na wɔde wɔn asau trɛɛ ne so, wɔkyeree no wɔ wɔn amena mu, na wɔde hwene mu kaa hyɛɛ no de no hyɛɛ ebuo mu, na wɔde no kɔmaa Babel hene, na wɔde no siee abankɛseɛ mu, deɛ ɛbɛyɛ na wɔnte ne nne bio wɔ Israel mmepɔ soɔ. Anka wo na te sɛ bobeturo mu bobe a wɔatɛ no nsuo ho, nsuo pii nti n’aba ne ne mman baa yie. Na ɔnyaa mpoma a na ɛyɛ den na ɛyɛɛ ahemfo mpoma, na ne kɛseyɛ korɔn kɔduruu mununkum kusuu ntam, na wɔhunuu no ne korɔn mu, ne ne mman dodoɔ mu. Na wɔtuu no anibereɛ so too no hwee fam, na apueeɛ mframa kusaa n’aba no; ne mpoma a na ɛyɛ den no bubui na ɛtwintwamee, na ogya hyee. Na afei wɔatɛ no ɛserɛ so, asase pɛsɛɛ a ɛdi sukɔm so. Na ogya afiri ne mman mpoma bi mu ahye n’aba, na poma a ɛyɛ den a ɛbɛyɛ ahennie poma biara nni hɔ bio. Kwadwom nie, na abɛyɛ kwadwom.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na afe a ɛtɔ so nson, bosome a ɛtɔ so nnum da a ɛtɔ so du no, Israel mpanimfoɔ no mu binom ba bɛbisaa AWURADE hɔ adeɛ, na wɔbɛtenaa m’anim. Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, kasa kyerɛ Israel mpanimfoɔ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Me hɔ adebisa na mobaeɛ yi? Sɛ mete aseɛ yi, ampa ara, meremma wɔmmisa me hɔ adeɛ mma mo, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Wobɛbu wɔn atɛn, onipa ba? Wobɛbu wɔn atɛn? Ɛnneɛ ma wɔnhunu wɔn agyanom akyiwadeɛ. Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛda a mefaa Israel na memaa me nsa so kyerɛɛ Yakob fie asefoɔ, na memaa wɔhunuu me Misraim asase soɔ na memaa me nsa so kyerɛɛ wɔn kaa sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn, no. Ɛda no na memaa me nsa so kyerɛɛ wɔn, sɛ merebɛyi wɔn afiri Misraim asase so de wɔn akɔ asase a mepɛ maa wɔn, a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ, a ɛyɛ nsase nyinaa ahyehyɛdeɛ no so, na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo nyinaa montoto mo ani so akyiwadeɛ no ngu, na mommfa Misraim abosonhuhuo nngu mo ho fi; mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na wɔtee me so atua, na wɔampene sɛ wɔtie me; wɔn mu obiara biara anto n’ani so akyiwadeɛ no antwene, na wannya Misraim abosonhuhuo no. Ɛnna mese: Mɛhwie m’anibereɛ agu wɔn so, de awie m’abufuo no wɔ wɔn so, Misraim asase so. Nanso me din nti, meyɛe na ɛho angu fi amanaman a wɔte wɔn mu no anim, wɔn a memaa wɔhunuu me wɔn ani so, sɛ mereyi wɔn afiri Misraim asase so. Ɛnna meyii wɔn firii Misraim asase soɔ, na mede wɔn baa ɛserɛ so, Na mede m’ahyɛdeɛ maa wɔn, na memaa wɔhunuu m’atemmudeɛ a sɛ onipa yɛ a, ɔnya mu nkwa no. Nanso mede me home nna maa wɔn, sɛ ɛnyɛ me ne wɔn ntam nsɛnkyerɛnneɛ, na wɔnhunu sɛ mene AWURADE a metee wɔn ho no. Na Israel fie tee m’anim atua ɛserɛ so; wɔanni m’ahyɛdeɛ so na wɔpoo m’atemmudeɛ a sɛ onipa yɛ a, ɔbɛnya mu nkwa no, na me home nna nso, wɔguu ho fi bebree. Ɛnna mese: Merehwie m’anibereɛ agu wɔn so, ɛserɛ so, na madwerɛ wɔn. Nanso me din nti meyɛe na ɛho angu fi, amanaman a meyii wɔn, wɔn anim no anim. Nanso memaa me nsa so kyerɛɛ wɔn, ɛserɛ so sɛ, meremfa wɔn nkɔ asase a memaeɛ a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ a ɛyɛ nsase nyinaa ahyehyɛdeɛ no so, ɛsiane sɛ, wɔpoo m’atemmudeɛ na wɔannante m’ahyɛdeɛ mu, na wɔguu me home nna ho fi nti; na na wɔn abosonhuhuo no akyi na wɔn akoma die. Nanso mehunuu wɔn mmɔbɔ, na mansɛe wɔn, na manyɛ wɔn pasaa, ɛserɛ no so. Na meka kyerɛɛ wɔn mma, ɛserɛ no so sɛ: Monnnante mo agyanom ahyɛdeɛ no mu, na monnni wɔn atemmudeɛ no so, na mommfa wɔn abosonhuhuo nngu mo ho fi. Mene AWURADE mo Nyankopɔn, m’ahyɛdeɛ mu na monnanteɛ, na m’atemmudeɛ na monni soɔ na monyɛ, na monyɛ me home nna no kronkron, na ɛnyɛ me ne mo ntam nsɛnkyerɛnneɛ, na monhunu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na mma no nso tee me so atua, wɔannante m’ahyɛdeɛ no mu, na wɔanni m’atemmudeɛ so anyɛ deɛ onipa yɛ a, ɔbɛnya mu nkwa no; me home nna nso, wɔguu ho fi. Ɛnna mese: Merehwie m’anibereɛ agu wɔn so, na mawie m’abufuo wɔn mu ɛserɛ no so. Nanso mesiankaa me nsa, na me din nti, meyɛe, na ɛho angu fi amanaman a meyii wɔn firii wɔn anim no. Nso mekaa wɔn ntam ɛserɛ no so, sɛ mɛbɔ wɔn apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu nsase so, ɛsiane sɛ wɔanyɛ m’atemmudeɛ na wɔapo m’ahyɛdeɛ, na wɔagu me home nna ho fi, na wɔn ani di wɔn agyanom abosonhuhuo akyiri nti. Na me nso memaa wɔn ahyɛdeɛ a ɛnyɛ ne atemmudeɛ a wɔnnya mu nkwa ho kwan, na meguu wɔn ho fi, wɔn ayɛyɛdeɛ mu, ne bɔ a wɔde wɔn abakan bɔɔ afɔdeɛ no mu, na masɛe wɔn, deɛ ɛbɛyɛ na wɔahunu sɛ mene AWURADE. Enti, onipa ba, kasa kyerɛ Israel fie, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yei mu nso, mo agyanom kaa abususɛm tiaa me, na wɔfomm me, ɛfiri sɛ mede wɔn baa asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn no soɔ no, sɛ wɔhunu kokoɔ a ɛkorɔn biara ne dua kusuu biara, na wɔrebɔ wɔn afɔdeɛ wɔ hɔ, na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ a ɛhuru me boɔ no kyɛ wɔ hɔ, na wɔde wɔn hwa hwamhwam ma wɔ hɔ, na wɔhwie wɔn ahwiesa wɔ hɔ. (Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdeɛn ne sorɔnsorɔnbea a mokɔ hɔ no? Na wɔtoo hɔ din sɛ sorɔnsorɔnbea de bɛsi nnɛ da yi.) Enti ka kyerɛ Israel fie sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mo agyanom kwan so na mogu mo ho fi, na wɔn atantanneɛ akyi na mobɔ adwaman die, na mode mo ayɛyɛdeɛ ba, na moma mo mma fa ogya mu yi, mogu mo ho fi mo abosonhuhuo nyinaa fam de bɛsi nnɛ yi, na me na wɔmmisa me hɔ adeɛ mma mo anaa? Israel fie! Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, meremma wɔmmisa me hɔ adeɛ mma mo. Na deɛ ɛba mo adwene mo no, ɛrenyɛ hɔ oo! Deɛ moka sɛ: Yɛbɛyɛ sɛ amanaman no, sɛ nsase so mmusua no, na yɛasom dua ne ɔboɔ no. Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, mede nsa a ɛyɛ den ne basa a emu atene ne anibereɛ a wɔahwie aguo na ɛbɛdi mo so hene. Na mɛyi mo afiri aman mu, na maboa mo ano afiri nsase a wɔabɔ mo apete hɔ no so, nsa a ɛyɛ den ne basa a emu atene ne anibereɛ a wɔahwie aguo so, na mede mo aba aman no serɛ so na mabɛbu mo atɛn wɔ hɔ, anim ne anim. Sɛdeɛ mebuu mo agyanom atɛn ɛserɛ so wɔ Misraim asase soɔ no, saa ara na mɛbu mo atɛn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Na mɛma moafa abaa no ase, na mede mo aba apam no nkyehoma mu. Na mɛyiyi mo mu atuatefoɔ ne wɔn a wɔto me mmara no, wɔn ahɔhobea asase no so na mɛyi wɔn, nanso wɔremma Israel asase so, na moahunu sɛ mene AWURADE. Na mo, Israel fie, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Monkɔ nkɔsom mo abosonhuhuo ɛ, seesei ne daakye, sɛ moantie me a, ɛnneɛ na mommfa mo ayɛyɛdeɛ ne mo abosonhuhuo no ngu me din kronkron no ho fi bio. Na bepɔ kronkron, Israel bepɔ a ɛkorɔn no so, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ɛhɔ na Israel fie nyinaa, wɔn dodoɔ a ɛwɔ asase no soɔ nyinaa bɛsom me; ɛhɔ na wɔbɛsɔ m’ani, na ɛhɔ nso na mɛbisa mo mmasoɔ adeɛ ne mo ayɛyɛdeɛ mu adikanneɛ, mo akronkronneɛ nyinaa mu. Mobɛsɔ m’ani sɛ ehwa hwamhwam, ɛberɛ a mɛyi mo afiri aman mu no, na maboa mo ano afiri nsase a wɔabɔ mo apete soɔ no, mo mu na mɛma wɔayɛ me kronkron, amanaman no anim. Na mobɛhunu sɛ mene AWURADE, berɛ a mede mo bɛba Israel asase, asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no soɔ no, na ɛhɔ na mobɛkae mo akwan ne mo nneyɛɛ a mode guu me ho fi no nyinaa, na mo ho ayɛ mo nwunu, mo ani so, mo bɔne a moyɛeɛ no nyinaa nti. Na mobɛhunu sɛ mene AWURADE. Me din nti na me ne mo bɛdie, ɛnyɛ mo akwammɔne no so, ne mo nneyɛɛ a asɛeɛ no so, Israel fie, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, fa w’ani kyerɛ anafoɔ fam, ka asɛm kyerɛ anafoɔ fam, na ka adiyisɛm kyerɛ Negeb petee mu kwaeɛ, na ka kyerɛ Negeb kwaeɛ no sɛ: Tie, AWURADE asɛm nie: Hwɛ, meresɔ wo mu gya, na ahye wo mu nnua mono nyinaa ne nnua wuiɛ nyinaa. Ogyaframa a ɛdɛre framframfram no rennum, na ahye asase ani nyinaa afiri anafoɔ fam akɔsi atifi fam. Na honam nyinaa bɛhunu sɛ me AWURADE na mesɔeɛ, ɛrennum. Ɛnna mekaa sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, wɔn deɛ, wɔka no ne me ho sɛ: Ɛnyɛ mmɛ na ɔrebubuo yi?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Yerusalem, na ma w’asɛm nsosɔ ngu kronkronbea hɔ na hyɛ nkɔm tia Israel asase no, na ka kyerɛ Israel asase no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, na mɛtwe me nkrantɛ afiri ne bɔha mu, na matwitwa wo mu ateneneefoɔ ne abɔnefoɔ. Ɛsiane sɛ mɛtwa wo mu ateneneefoɔ ne abɔnefoɔ nti, me nkrantɛ bɛfiri ne bɔha mu atia honam nyinaa, afiri anafoɔ fam akɔsi atifi fam, na honam nyinaa ahunu sɛ me, AWURADE, matwe me nkrantɛ afiri ne bɔha mu, na ɛrensane nkɔ mu bio. Na wo, onipa ba, fa akoma a abubuo si apini, na gu ahome yaya wɔ wɔn anim. Na sɛ wɔbisa wo sɛ: Ɛdeɛn ho na woresi apini a? Ka sɛ: Akwansosɛm ntira, ɛfiri sɛ ɛreba, na akoma nyinaa bɛnane, na nsa nyinaa mu agogo, na honhom nyinaa ano akum, na anankoroma nyinaa adanedane nsuo. Hwɛ, ɛreba na abɛyɛ hɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, hyɛ nkɔm, na ka sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ka sɛ: Nkrantɛ a wɔase ano na wɔapɔ ho nso, wɔase ano sɛ ɛnkum, wɔapɔ ho sɛ ɛntwa nyinamnyinam. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛama yɛn ho asɛpɛ yɛn? Me ba woabu abaa, ne atenetene nyinaa animtia? Na ɔde maa sɛ wɔmpɔ ho sɛ wɔde nsa rekura, wɔase nkrantɛ no na wɔapɔ ho nso, sɛ wɔde rehyɛ okumfoɔ nsa. Onipa ba, su na twa adwo, sɛ ɛno bɛba me man so, ɛno bɛba Israel aberempɔn nyinaa so; wɔde wɔn ne me man ato hɔ ama nkrantɛ, enti hwe wo srɛ mu. Na wɔasɔ ahwɛ; na sɛ poma a ɛbu animtia no mpo nyɛ hwee a, ɛdeɛn na ɛbɛyɛ? AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm na bɔ nsam, na nkrantɛ no bɛba mprenu ne mprɛnsa, atɔfoɔ nkrantɛ no; ɛyɛ ɔtɔfoɔ kɛseɛ nkrantɛ na atwa wɔn ho ahyia no. Deɛ ɛbɛyɛ na akoma atuo, na suntidua adɔɔso nti, mede nkrantɛ hyerɛn asisi wɔn kuro apono nyinaa ho. Aa! Wɔayɛ no sɛ ɛnyɛ sɛ anyinam, wɔase ano de rebɛkum. Dane wo ho koraa kɔ nifa, dane w’ano kɔ benkum, baabiara a wɔahyɛ sɛ w’ani nkyerɛ. Na me nso mɛbɔ me nsam, na mama m’anibereɛ ano adwo. Me, AWURADE, na maka. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Na wo, onipa ba, sensan akwan mmienu fa, na Babel hene nkrantɛ mfa so mmra. Ma ne mmienu nyinaa mfiri asase korɔ so, na kurukyire akyerɛkyerɛkwan bi, nkuro nkwanta na kurukyire no. Siesie ɔkwan a nkrantɛ no mfa so mmra Amonfoɔ kuro Raba ne Yuda kuro a ɛwɔ Yerusalem a ɛyɛ den no mu. Na Babel hene gyina tempɔn nkwanta so, akwan mmienu no ti, sɛ wɔnhyɛ nkɔm mma no, ɔwoso agyan, bisa abusua honi adeɛ, hwɛ mmerɛboɔ mu; nkɔmhyɛ a ɛba ne nifa mu ne Yerusalem, sɛ wɔnsisi adwennini a ɛdwiri ɔfasuo, mmue ano okum mu, sɛ wɔnsisi adwennini a wɔde bɛdwiri aponkɛseɛ, ngu epie nsisi ntua aban. Na ɛbɛyɛ wɔn sɛ nkɔntorɔ wɔ wɔn ani so; wɔanka ntankɛseɛ; nanso ɔno deɛ, ɔkae wɔn amumuyɛ, sɛ wɔnkyere wɔn. Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ momma wɔkae mo amumuyɛ ma mo mmarato da adie na wɔhunu mo bɔne, mo nneyɛɛ nyinaa mu nti, na ɛsiane sɛ wɔkae mo nti, wɔde nsa bɛkyere mo. Na wo, ɔbɔnefoɔ a woatɔ, Israel berempɔn a ne da aduro, awieeɛ amumuyɛ berɛ mu no, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yi abotire no, na tu ahemmotire no; nnoɔma nnkɔ so ara nyɛ saa ara daa. Ma deɛ abrɛ ase so, na brɛ deɛ ama ne ho soɔ no ase. Nnaneani, nnaneani, nnaneani na mɛdane no. Na yei nso rentena hɔ, de bɛkɔ akɔsi sɛ deɛ atemmuo wɔ no no, ɛbɛba ama no. Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se Amonfoɔ ne wɔn ahohorabɔ no ho nie, na ka sɛ: Nkrantɛ, nkrantɛ a wɔtwe rebɛkum, wɔapɔ ho sɛ ɛnni nam, sɛ ɛnyɛ nyinamnyinam. Ɛberɛ a wɔhunu adehuhuo ma woɔ na wɔrehyɛ wo nkɔntorɔ no, wɔde wo bɛto abɔnefoɔ atɔfoɔ a wɔn da aduro, awieeɛ amumuyɛ berɛ mu no kɔn ho. Fa wo nkrantɛ sane hyɛ ne bɔha mu, faako a wɔbɔɔ woɔ no, w’awoɔ asase so na mɛbu wo atɛn, na mɛhwie m’abufuhyeɛ agu wo so, mɛfite m’anibereɛ gya no mu atia wo, na mɛyi wo ahyɛ mmarima atirimuɔdenfoɔ a wɔnim sɛeɛ ho nyansa no nsa. Wobɛdane ogya mmabowa ama wo mogya agu asase no mfimfini; wɔrenkae wo bio, na me, AWURADE na maka.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Na wo, onipa ba, wobɛbu kuro a mogya ayɛ mu ma no atɛn? Ɛnneɛ ma no nhunu n’akyiwadeɛ nyinaa, na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Kuro a ɛhwie mogya gu wɔ mu, sɛ ne berɛ mmra, na ɛyɛ abosonhuhuo fa de gu ne ho fi. Wo mogya a wohwie guiɛ no mu na wodi so, na w’abosonhuhuo a woyɛeɛ no, na wode agu wo ho fi, na woama wo nna abɛn, na woaduru wo mfeɛ awieeɛ; ɛno nti, mede wo ayɛ ahohoradeɛ ama amanaman, ne fɛdie ama nsase nyinaa; wɔn a wɔbɛn woɔ ne wɔn a wɔwɔ akyiri di wo ho fɛw sɛ deɛ ne din ho agu fi, na ne sakasakayɛ dɔɔso. Hwɛ Israel aberempɔn a wɔwɔ mo mu no, wɔn mu biara pɛ sɛ ɔhwie mogya gu sɛdeɛ ne tumi teɛ. Wo mu na wɔbɔ agya ne ɛna adapaa, wo mu na wɔdi ahɔhoɔ amim, wɔhom wo mu agyanka ne okunafoɔ soɔ. Wobu m’akronkronneɛ animtia, na wogu me home nna ho fi. Nkontompofoɔ wɔ wo mu, sɛ wɔbɛhwie mogya aguo, na mmepɔ so na wɔbɛhwie mogya aguo, na mmepɔ so na wɔdidie wɔ wo mu, na ahohoradeɛ na wɔyɛ no wo mfimfini. Wo mu na wɔyi agya adagya so; wo mu na wɔkɔ deɛ asakyima ama ne ho akum no ho. Na obi ne ne yɔnko yere yɛ akyiwadeɛ, na obi gu n’ase baa ho fi aniwudeɛ mu, wo mu na obi to ne nuabaa, n’agya ba, mmɔnaa. Wo mu na wɔgyegye adanmudeɛ, sɛ wɔbɛhwie mogya aguo. Wogyegye mfɛmtomu ne nsiho, na wode apempensie fa wo yɔnko so, na me deɛ, wo werɛ afiri me, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Na hwɛ, mebɔ me nsamu, w’aniberebereɛ mfasoɔ a wonya, ne wo mogya a ɛwɔ wo mu no ho. W’akoma bɛtumi adi anaasɛ wo nsam bɛyɛ den nna a me ne wo bɛdie no? Me, AWURADE, na maka, na mɛyɛ. Na mɛbɔ wo apete amanaman mu, na mapansam wo, nsase so, na mɛhye wo fi no koraa afiri wo ho. Na wo ho bɛgu fi amanaman anim, na woahunu sɛ mene AWURADE. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, Israel fie ayɛ me dwetɛ fi. Wɔn nyinaa yɛ me fononoo mu kɔbere mfrafraeɛ ne sanya ne dadeɛ ne sumpii; wɔayɛ dwetɛ bini. Ɛno nti sei na AWURADE Nyankopɔn seɛ: Ɛsiane sɛ mo nyinaa adanedane dwetɛ fi nti, hwɛ, mereboa mo ano ahyia Yerusalem. Sɛdeɛ wɔboa dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, sumpii ne sanya ano fononoo mu, fite ɛho gya mu ma no nane no, saa ara na mɛboa mo ano, m’abufuo ne m’anibereɛ mu, na mede mo ahyɛ mu anane mo, na maka mo abom na masɔ mo ho gya m’anibereɛ mu, na moanane wɔ mu. Sɛ dwetɛ nane fononoo mu no, saa ara na mobɛnane mu, na moahunu sɛ mene AWURADE a mahwie m’abufuhyeɛ agu mo soɔ no. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, ka kyerɛ no sɛ: Woyɛ asase a wɔntee ho, na wɔmmma osuo ntɔ so abohuro da mu. N’adiyifoɔ atirisopam wɔ so, wɔte sɛ gyata a ɔbobom tete ne hanam, wɔdi onipa nam, wɔfa ahonyadeɛ ne aboɔdenneɛ, wɔma emu akunafoɔ dɔɔso. N’asɔfoɔ bu me mmara so, na wɔgu m’akronkronneɛ ho fi; wɔmma no nsono akronkronneɛ ne adeɛ a ɛnyɛ akronkronneɛ, na wɔnkyerɛ adeɛ a ɛho nteɛ ne deɛ ɛho teɛ no ntam nsonsonoeɛ, na wɔbu wɔn ani gu me home nna so, na wɔgu me ho fi wɔ wɔn mu. Ne mmapɔmma a wɔwɔ soɔ no te sɛ mpataku a wɔtete hanam, sɛ wɔbɛhwie mogya aguo, na wɔasɛe akra, deɛ ɛbɛyɛ na wɔanya mfasoɔ bɔne adie. Na n’adiyifoɔ sra hyire ma wɔn, wɔhunu adehuhuo na wɔhyɛ wɔn nkɔntorɔ; wɔka sɛ: Sei na AWURADE seɛ, nanso na AWURADE nkasae. Asase no so nkurɔfoɔ di amim na wɔsi apempem, na wɔhom mmɔborɔni ne ohiani so, na wɔsi ɔhɔhoɔ apempem a ɛntene koraa. Na mehwehwɛɛ wɔn mu bi a ɔbɛgye ban anaasɛ ɔbɛgyina tokuro mu, m’anim ama asase no na mansɛe no, nanso manhunu obiara. Enti mɛhwie m’abufuhyeɛ agu wɔn so, na madwerɛ wɔn anibereɛ gya no mu, na mede wɔn abrabɔ abua wɔn atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, mmaa baanu, ɛna baako mmammaa wɔ hɔ, na wɔbobɔɔ adwaman Misraim, wɔn mmabaaberɛ mu na wɔbobɔɔ adwaman no; ɛhɔ na wɔmiaa wɔn nufo, na ɛhɔ na wɔkekaa wɔn mmabaaberɛ mu mpokua. Na ɔpanin no ne Ohola, ɔne ne nuabaa Oholiba. Wɔbɛyɛɛ me dea, na wɔwowoo mmammarima ne mmammaa. Ohola din no gyina hɔ ma Samaria, na Oholiba din no gyina hɔ ma Yerusalem. Na m’akyi Ohola bɔɔ adwaman na n’ani beree n’adɔfoɔ, Asiriafoɔ a wɔba bɛpinkyɛɛ no no ho. Wɔhyehyɛ bibitoma ntadeɛ, amradofoɔ ne mmakoma, mmeranteɛ a wɔn ho yɛ fɛ nko ara, wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so. Na ɔde n’adwamammɔ kɔɔ wɔn so, Asiriafoɔ a wɔasa mu ayi wɔn no nyinaa, na ɔde wɔn a ne kɔn dɔ wɔn nyinaa, wɔn abosom nyinaa guu ne ho fi. Nanso n’adwamammɔ a ɔde firi Misraim no, wannyae, ɛfiri sɛ wɔne no dae ne mmabaaberɛ mu, na wɔkekaa ne mmabaaberɛ mu mpokua, na wɔhwiee wɔn adwamammɔ guu ne so. Ɛno nti mayi no ahyɛ n’adɔfo nsa, Asiriafoɔ a n’ani beree wɔn no nsa. Wɔn na wɔyii n’adagya soɔ, wɔfaa ne mmabanin ne ne mmammaa, na ɔno ara nso, wɔde nkrantɛ kumm no, na ɔyɛɛ ɔnokwa maa mmaa, na wɔyɛɛ no n’atemmudeɛ. Na ne nua Oholiba hunui, nanso ɔmaa n’ani beree bere bɔne senee ɔno, na ɔmaa n’adwamammɔ senee ne nua no deɛ. N’ani beree Asiriafoɔ, amradofoɔ ne mmakoma a wɔba bɛpinkyɛɛ no no, wɔhyehyɛ ntadeɛ twom, wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, mmeranteɛ a wɔn ho yɛ fɛ ara nko. Na mehunuu sɛ wagu ne ho fi; wɔn baanu no nam ɔkwan korɔ so. Na ɔmaa n’adwamammɔ kɔɔ so; na ɔhunuu mmarima a wɔakurukyire wɔn ɔfasuo ho, Kaldeafoɔ mfonini a wɔde adukɔkɔɔ akurukyire, wɔde abɔsoɔ abobɔ wɔn asene de abotire atentene abobɔ wɔn ti, sɛ Babelfoɔ a wɔn awoɔ asase ne Kaldea no teɛ no. Ɛnna ɔde n’ani hwɛeɛ no, n’ani beree wɔn, na ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ wɔn nkyɛn Kaldea. Na Babelfoɔ baa ne nkyɛn ne no bɛdae ɔdɔ mpa so, na wɔde wɔn adwamammɔ guu ne ho fi; na ɔde wɔn guu ne ho fi no, ɔtee ne kra firii wɔn ho. Na ɔyii n’adwamammɔ adie na ɔyii n’adagya soɔ no, ɛnna me kra tee ne ho firii ne ho, sɛdeɛ me kra tee ne ho firii ne nua no ho no. Na ɔmaa n’adwamammɔ no dɔɔso ara de kaee ne mmabaaberɛ mu nna a ɔbɔɔ adwaman, Misraim asase soɔ no. Na n’ani beree wɔn mpenafoɔ a wɔn mmarima te sɛ mfunumu deɛ, na wɔn ahobaa te sɛ apɔnkɔ deɛ no. Na wo kɔn dɔɔ wo mmabaaberɛ mu aniwudeɛ berɛ a wo mpokua nti Misraim miamiaa wo nufo no. Ɛno nti, Oholiba, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, merehwanyan w’adɔfo atia wo, wɔn a wo kra ate ne ho afiri wɔn ho no, na mahyia wɔn afiri mmaa nyinaa aba wo so. Babelfoɔ ne Kaldeafoɔ nyinaa, Pekodfoɔ, Soafoɔ ne Kaldeafoɔ ne Asiriafoɔ a wɔka wɔn ho nyinaa, mmeranteɛ a wɔn ho yɛ fɛ, amradofoɔ ne mmakoma nyinaa, nnɔmkunini ne wɔn a wɔwɔ din, apɔnkɔsotefoɔ ara nko, na wɔde akodeɛ ne nteaseɛnam ne nkyimiiɛ ne aman asafo bɛba wo so; ahokatadeɛ ne ɛkyɛm ne dadeɛ kyɛ na wɔde bɛka wo ahyɛ mu ahyia; na mede atemmuo bɛsi wɔn anim, na wɔabu wo atɛn wɔn atemmuo so. Na mede me ninkuntwe bɛsa wo, na wɔne wo adi no anibereɛ so, wɔbɛtwitwa wo hwene ne w’aso, na wo mu nkaeɛ bɛtotɔ nkrantɛ ano; wɔn na wɔbɛfa wo mmabanin ne wo mmammaa akorɔ, na wɔde ogya ahye w’adeɛ a ɛbɛka akyire, na wɔbɛworɔ wo ho ntadeɛ, na wɔatase wo nnwinneɛ afɛfɛ no. Na mɛma wo aniwudeɛ to atwa afiri wo ho, ne w’adwamammɔ a ɛfiri Misraim asase soɔ no, na woamma w’ani so ankyerɛ wɔn, na woankae Misraim bio. Na sei na AWURADE Nyankopɔn seɛ: Hwɛ, mede wo bɛhyɛ wɔn a wotane wɔn no nsa, ne wɔn a wo kra ate ne ho afiri wɔn ho no nsa, na wɔne wo adi no wɔ ɔtane so, na wɔafa deɛ wobrɛ nyaeɛ no, na wɔagya wo, adagya ne kwaterekwa mu, na wɔayi w’adwamammɔ adagya so ne w’aniwudeɛ ne w’adwamammɔ deɛ nyinaa so. Wɔbɛyɛ wo yei, w’adwamammɔ a wode dii amanaman no akyire no nti, sɛ wode wɔn abosonhuhuo agu wo ho fi. Wo nuabaa no kwan so na wonam, enti mede ne kuruwa bɛhyɛ wo nsa. Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Wo nuabaa kuruwa a emu dɔ na emu trɛ no na wobɛnom mu, dodoɔ a ɛbɛtumi afa no bɛdane asereseredeɛ ne fɛdie; nsaborɔ ne awerɛhoɔ, ahodwire ne ahoyera kuruwa, wo nuabaa Samaria kuruwa no bɛyɛ wo ma. Na wobɛnom, na wobɛfefe mu, na wobɛwe ne ferɛ, na wobɛsunsuane wo nufo mu, na me na maka, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ wo werɛ afiri me, na woato me atwene w’akyire nti, wo nso soa w’aniwudeɛ ne w’adwamammɔdeɛ no. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, wobɛbu Ohola ne Oholiba atɛn? Ɛnneɛ kyerɛ wɔn wɔn akyiwadeɛ, sɛ wɔasɛe awadeɛ, na mogya wɔ wɔn nsamu. Na wɔn abosonhuhuo na wɔde asɛe awadeɛ, na wɔn mma a wɔwo maa me no nso, wɔama wɔafa ogya mu ama wɔn abosom ama wɔadi. Bio yei na wɔayɛ me, wɔagu me kronkronbea ho fi da no ara, na me home nna nso, wɔagu ho fi. Na wɔkunkum wɔn mma ma wɔn abosonhuhuo a, wɔba me kronkronbea da no ara bɛgu ho fi, na hwɛ, saa na wɔayɛ no me fie no mu. Na mpo wɔsoma maa wɔkɔhyiaa mmarima a wɔfiri akyirikyiri bae, na wɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ wɔn nkyɛn, na hwɛ, wɔbae; wɔn na wodwaree wo ho maa wɔn, de adubire kekaa w’ani, na wode ahyehyɛdeɛ hyehyɛɛ wo ho, na wɔtenaa nnaeɛ a anim yɛ duro so, na ɛpono a wɔatoɔ si w’anim, na wode m’aduhwan ne me ngo sisii so. Na asafo yuu a wɔato wɔn ho mpan wɔ mu, na wɔde nsabofoɔ kaa nnipa dodoɔ no ho firi ɛserɛ so baeɛ, na wɔde nkapo hyehyɛɛ wɔn nsa, na wɔde abotire afɛfɛ bobɔɔ wɔn. Ɛnna mekaa sɛ: Mmarima mmɔ adwaman sɛ ɔno ara, sɛ wɔkɔ ne ho a! Na wɔkɔɔ ne ho sɛdeɛ wɔkɔ ɔbaa dwamamfoɔ ho, na saa na wɔkɔɔ Ohola ne Oholiba, mmaa ahohorafoɔ no ho. Na mmarima ateneneefoɔ na wɔde awaresɛefoɔ atemmuo ne mogyakagufoɔ atemmuo bɛbu wɔn atɛn, ɛfiri sɛ wɔyɛ awaresɛefoɔ, na mogya wɔ wɔn nsamu. Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛma asafo bi atu aba wɔn so, na mayi wɔn ama ahodwan ne ɔfom, na asafo no asi wɔn aboɔ, na wɔde wɔn nkrantɛ awowɔ wɔn; wɔbɛkunkum wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa, na wɔde ogya ahye wɔn afie. Na mɛtwa aniwudeyɛ afiri asase no so, na wɔde abɔ mmaa nyinaa kɔkɔ, na wɔanyɛ mo ahohoradeɛ no bi. Na wɔde mo ahohoradeɛ bɛgu mo so, na moasoa mo abosonhuhuo no ho bɔne, na moahunu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du no da a ɛtɔ so du no sɛ: Onipa ba, twerɛ da yi din, da yi ara. Babel hene atua Yerusalem da yi ara. Na bu asowuiɛ fie no bɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Fa ɛsɛn no si so, na hwie nsuo nso gu mu. Fa ne nankum nso gu mu, nankum pa nyinaa, srɛ ne basa, nnompe a ɛyɛ nyinaa, na fa hyɛ mu ma; fa nnwan no mu deɛ ɔyɛ no, na fa nnyina hyehyɛ nnompe no ase ma no nhuru yie, na ne nnompe nso mmen wɔ mu. Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Due, mogya kuro! Ɛsɛn a emu awe nnaakyen a ne nnaakyen mfiri ne mu. Yiyi mu adeɛ, nankum, nankum. Wɔnnyiyi mu. Na ne mogya wɔ ne mu; waka agu ɔbotan kwawee so, wanhwie angu fam, na wɔde dɔteɛ akata so. Deɛ ɛbɛyɛ na ahwanyan anibereɛ na ama aweredie aba nti, na memaa ne mogya guu ɔbotan pataa soɔ, a wɔankata soɔ yi. Saa nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Due, mogyahwiegu kuro! Me nso mɛma aseɛ mmaboa adɔɔso. Ma nnyina nnɔɔso, ma ogya no nnɛre, ma nam no nhono, nu mu ma no mpi na nnompe no nhye. Na fa ɛsɛn no mpan si nsramma no so, deɛ ɛbɛyɛ na ne kɔbere adɔ ayɛ kɔɔ, na emu fi no anane na ne nnaakyen asa. Brɛ ara na mabrɛ agu, ɛfiri sɛ ogya rentumi nhye ne nnaakyen pii no mfiri ne ho nkɔ. Wo fi mu wɔ abusudeɛ; sɛ matwi wo ho na amfire nti, wo ho rente mfiri wo fi no mu bio, de bɛkɔ akɔsi sɛ mɛma m’abufuhyeɛ ano adwo wo soɔ. Me, AWURADE, na maka. Ɛbɛba na mɛyɛ. Merennyae na merennodo ho, na merennu me ho; sɛdeɛ w’akwan teɛ ne sɛdeɛ wo nneyɛɛ teɛ no, saa ara na wɔbɛbu wo atɛn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, hwɛ, merebɛbɔ wo de ayi w’ani adeɛ a ɛpɛ no afiri wo ho. Na ntwa adwo, nsu, na mma wo nisuo nkyi. Gu ahome komm, nni owufoɔ ho abooboo, fa w’abɔtire bɔ wo ti, na fa wo mpaboa hyɛ wo nan, na nkata w’ano, na nni nnipa aduane. Na mekasa kyerɛɛ ɔman no anɔpa, na me yere wuu anwummerɛ, na anɔpa meyɛɛ sɛdeɛ ɔhyɛɛ me no. Na nkurɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ: Worenkyerɛ yɛn adekodeɛ a yeinom a woreyɛ yi kyerɛ wɔ yɛn ho anaa? Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Kasa kyerɛ Israel fie sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, meregu me kronkronbea ho fi, mo ahoɔden ahokyerɛ no, mo ani adeɛ a ɛpɛ ne mo kra adeɛ a ɛdɔ no; na mo mmabanin ne mo mmammaa nkaeɛ no bɛtotɔ nkrantɛ ano. Na mobɛyɛ sɛdeɛ mayɛ yi, morenkata mo ano na morenni nnipa aduane, na mo abotire bɛbobɔ mo ti, na mo mpaboa ahyehyɛ mo nan. Morentwa adwo na morensu, na mode awerɛhoɔ bɛhunu amane wɔ mo amumuyɛ mu, na moasisi apini akyerɛkyerɛ mo ho. Na Hesekiel ayɛ mo nsɛnkyerɛnneɛ; sɛdeɛ wayɛ yi nyinaa, mobɛyɛ no berɛ a ɛbɛba mu no, na moahunu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn. Na wo, onipa ba, ɛda no ara a mɛgye wɔn nsam ahoɔden, wɔn ahyehyɛdeɛ ho ahosɛpɛ, wɔn ani adeɛ a ɛpɛ ne wɔn kra adeɛ a ɛpɛ, wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa no, da no ara na deɛ wafiri mu afire bi bɛba wo nkyɛn abɛma w’aso ateɛ. Ɛda no ara na wo ne deɛ wafiri mu afire no ano bɛbue, na wobɛkasa na worentɔre mum bio, na wobɛyɛ wɔn nsɛnkyerɛnneɛ na wɔahunu sɛ mene AWURADE.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, yi w’ani kyerɛ Amonfoɔ, na hyɛ nkɔm tia wɔn. Na ka kyerɛ Amonfoɔ no sɛ: Montie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ moka sɛ: Wiɛ, sɛ me kronkronbea ho agu fi, ne Israel asase ho, sɛ ayɛ afo, ne Yuda fie ho nso, sɛ wɔkɔ tukorɔ mu nti, hwɛ, mereyi wo ama apueeɛfoɔ sɛ wɔmfa wo nni, na wɔnkyere wɔn nsraban wo mu, na wɔnsisi wɔn tenabea wo mu; wɔn na wɔbɛdi w’aba, na wɔn ara anom wo nufosuo; na mede Raba bɛyɛ yoma adan, na Amonfoɔ asase ayɛ nnwan butubea, na moahunu sɛ mene AWURADE. Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ woabɔ wo nsamu na wode wo nan apempem fam na w’ahantan nyinaa mu woama w’akoma atɔ wo yam atia Israel asase nti, hwɛ, meretene me nsa atia wo, na mede wo ayɛ amanaman asadeɛ, na matwa wo afiri aman mu, na asɛe wo afiri aman mu, na madwerɛ wo, na woahunu sɛ mene AWURADE. Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ Moab ne Seir ka sɛ: Hwɛ, Yuda fie ayɛ sɛ amanaman nyinaa nti, hwɛ, merebue Moab nkyɛn mu afiri nkuro no so, nkuro a ɛdeda n’ahyeɛ so ho, asase a ɛyɛ no, Bet-yesimot, Baal-meon de kɔka Kiriataim, mede mama apueeɛ mma apae Amonfoɔ deɛ no so, na mama wɔafa adi wɔn so, deɛ ɛbɛyɛ na wɔankae Amonfoɔ bio aman mu, na mɛyɛ Moab mu atemmudeɛ, na wɔahunu sɛ mene AWURADE. Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ Edom atɔ Yuda fie so were na wɔadi so pa ara, na wanhunu wɔn mmɔbɔ nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛtene me nsa atia Edom, na matwitwa emu nnipa ne afieboa, na mayɛ no afo afiri Teman, na wɔatotɔ nkrantɛ ano akɔduru Dedan. Na mede me man Israel nsa bɛwie m’aweretɔ Edom so, na wɔne Edom adi no m’abufuo ne m’anibereɛ so, na wɔahunu m’aweretɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ Filistifoɔ atɔ ne so were, na wɔde abufuo kɛseɛ atɔ wɔn so were sɛ wɔde daa ɔtane bɛsɛe wɔn no nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, meretene me nsa atia Filistifoɔ, na matwa Keretifoɔ no, na masɛe deɛ aka mpoano no. Na mede abufuhyeɛ kɛse bɛtɔ wɔn so were, na me were a mɛtɔ wɔn soɔ no mu wɔahunu sɛ mene AWURADE.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na afe a ɛtɔ so dubaako, bosome no da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, ɛsiane sɛ Tiro ka wɔ Yerusalem ho sɛ: Wiɛ, wɔabubu aman no pono no, ɛbɛdane aba me nkyɛn; mɛyɛ ma, ɛno ayɛ amamfo nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mene wo anya, Tiro, na mede amanaman bebree bɛba wo so, sɛdeɛ ɛpo de n’asorɔkyeɛ ba no, na wɔabɛsɛe Tiro afasuo, na wɔabubu n’aban atentene no; na mɛpra ne dɔteɛ afiri mu, na mayɛ no ɔbotan kwawee; ɛbɛyɛ asau hatabea wɔ ɛpo mu. Na me na maka, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, na ɛbɛyɛ amanaman asadeɛ, na ne mmammaa a wɔwɔ asase soɔ no, wɔde nkrantɛ bɛkunkum wɔn. Na wɔahunu sɛ mene AWURADE. Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede Babelhene Nebukadnessar, ahene mu hene no, mefiri atifi fam ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ne asafo ne dɔm bebree mereba Tiro so. Wo mmammaa a ɛdeda asase soɔ no, ɔde nkrantɛ bɛkum wɔn. Na wasi wo ho aban, na wato wo ho pie, na wama ɛkyɛm so ahyia wo. Na ɔde ne dwirie adeɛ asisi w’afasuo ho, na ɔde n’akodeɛ adwiri w’aban atentene. N’apɔnkɔ dodoɔ nan ase mfuturo bɛkata wo so, apɔnkɔsotefoɔ, nkyimiiɛ ne nteaseɛnam gyegyeegye nti, w’afasuo bɛwosowosoɔ, berɛ a ɔrefa w’aponkɛseɛ mu aba mu sɛ wɔreba kuro a wɔabu mu afa no mu. Ɔde n’apɔnkɔ ntɔte bɛtiatia wo mmorɔno nyinaa so, ɔde nkrantɛ bɛkunkum wo nkurɔfoɔ, na ɔbɛsum w’ahoɔden adum no agu fam. Na wɔde w’ahonyadeɛ bɛyɛ asadeɛ, na wɔafomfom w’adwadeɛ, na wɔadwiri w’afasuo, na wɔasɛe w’anigyeɛ afie. Na wɔatoto w’aboɔ ne wo nnua ne wo dɔteɛ agu nsuo mu. Na mɛma wo dwontoɔ hooyɛ agyae, na w’asankuo nne nso, wɔrente bio. Na mɛyɛ wo ɔbotan kwawee, wobɛdane asau hatabea. Wɔrenkyekyere wo bio, na me, AWURADE, na maka, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ Tiro nie: Ɛnyɛ w’ahweaseɛ huuyɛ, w’atɔfoɔ apenepene, kum a wɔkunkumm wɔ wo mu nti na nsupɔ bɛwosowosoɔ? Na ɛpo so aberempɔn nyinaa refiri wɔn adwa so asianesiane, na wɔayiyi wɔn ngusoɔ, na wɔaworɔworɔ wɔn nkyeremu atadeɛ, na wɔafira ahopopoɔ atenatena fam, na wɔn ho apopo berɛ nyinaa mu, na wo nti wɔn ho adwiri wɔn. Na wɔbɛtwa wo ho kwadwom aka akyerɛ wo sɛ: Ei, sɛdeɛ woasɛe nie, wo a ɛpo mufoɔ bɛtenaa wo mu, kuro a wɔkamfo a ɛyɛ den wɔ po mu, ɛno ne emufoɔ a wɔma wɔn ho hu ba emufoɔ nyinaa soɔ no! Afei nsupɔ ho bɛpopo w’ahweaseɛ da no; na nsupɔ a ɛwɔ po mu no akoma atu w’awieeɛ ho. Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ meyɛ wo nkurofo sɛ nkuro a wɔntena mu bio, sɛ mede ebunu meba wo so ma nsuo kɛseɛ bebree wo so a, mede wo bɛsiane aka wɔn a ɛfiri tete nteredee wɔasiane kɔ Amena mu no ho, akɔ nkurɔfoɔ no nkyɛn, na mama woatena famfam asase so, deɛ ɛhɔ yɛ amamfo firi tete nteredee no, wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no nkyɛn, deɛ ɛbɛyɛ na wɔrentena wo mu bio, na mɛyɛ animuonyanneɛ ateasefoɔ asase so. Adeɛ a ɛyɛ hu na mede wo bɛyɛ, na worentena hɔ bio, na wɔbisa w’akyiri kwan a, wɔrenhu wo da biara da bio, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Afei wo, onipa ba, twa Tiro ho kwadwom, na ka kyerɛ Tiro sɛ: Wo a wote ɛpo aboboano, aman batani a wokɔ nsupɔ bebree soɔ, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Tiro, wo deɛ, woka sɛ: Me na me ho wie fɛ yɛ! W’ahyeɛ wɔ po mfimfini, w’abantofoɔ awie wo fɛ yɛ, Senir pepeaa na wɔde pempam w’ahyɛn afasuo, Lebanon ntweneduro na wɔfa de yɛɛ w’ahyɛn mu nnua; Basan adum na wɔde yɛɛ w’atabono, wɔyɛɛ no asonse mango a ɛhyehyɛ kwabɔhorɔ nnua a ɛfiri Kipro mpoano mu mu; nwera a wɔakyere mu a ɛfiri Misraim yɛ wo mframatoma a ɛyɛɛ wo frankaa; bibitoma ne ntoma a ɛberedum a ɛfiri Elisa mpoano mu yɛ wo nkatasoɔ; Sidonfoɔ ne Arwadfoɔ yɛɛ w’aharefoɔ; w’anyansafoɔ wɔ wo Tiro no ara mu, wɔne w’ahyɛn kwankyerɛfoɔ; Gebal mpanimfoɔ ne emu anyansafoɔ nso wɔ wo mu repempam w’agoago; ɛpo so ahyɛn nyinaa ne wɔn hyɛn mufoɔ wɔ wo mu di w’adwadeɛ ho nsesadwa. Persia ne Lidia ne Put wɔ wo dɔm mu, yɛ w’akofoɔ, wɔde kyɛm ne dadeɛ kyɛ sensɛne wo mu, wɔn na wɔmaa w’anim baa nyam. Arwadfoɔ ne wo dɔm wɔ w’afasuo so hyia, na Gamadfoɔ wɔ w’aban atentene mu, wɔde wɔn akyɛm sensɛne w’afasuo ho hyia, wɔn na wɔmaa w’ahoɔfɛ wiee yie yɛ. Tarsis ne w’adamfo, w’adeɛ nyinaa dodoɔ nti; dwetɛ, dadeɛ, sanya, ne sumpii na wɔde bɛsesa wo hɔ adeɛ. Yawan, Tubal ne Mesek ne wo di dwa, nnipa ne kɔbere mfrafraeɛ adeɛ na wɔde gye w’adwadeɛ. Bet- togarma fie na wɔfiri de apɔnkɔ ne ɔko mu apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ ba de bɛsesa wo hɔ adeɛ; Dedan mma ne wo di dwa; mpoano aman bebree so na wo nsa ano adwadeɛ korɔ; asonse amuamu ne duaboɔ nnua na wɔde bɛtua wo ka; Siria ne wo di dwa, w’adeɛ a woyɛeɛ no dodoɔ nti. Nsrammaboɔ, ntoma a ɛberedum ne nkyeremu ne nwera pa ne bota ne nnenkyenema na wɔde bɛsesa wo hɔ adeɛ. Yuda ne Israel asase ne wo di dwa; Minit ayuo, atokoɔ, ɛwoɔ, ngo ne aneneduhwam na wɔde gye w’adwadeɛ, Damasko ne wo di dwa, w’adeɛ a woyɛeɛ no dodoɔ so, ahodeɛ nyinaa dodoɔ nti; wɔde Helbon bobesa ne nnwan nwi fitaa ba. Wedan ne Yewan firi Usal bɛne wo di nsesadwa; dadeɛ a wɔabɔ, bɛwewonua ne mmetire yɛ wo nsesa adeɛ. Dedan de apɔnkɔtoma a wɔtena soɔ ne wo di dwa. Arabia ne Kedar aberempɔn nyinaa yɛ wo nsa ano adwadifoɔ: Nnwammaa ne adwennini ne mpapo dwa na wɔne wo die; Seba ne Rama abatafoɔ ne wo di dwa, wɔde nnuhwam nyinaa mu titire ne aboɔden aboɔ nyinaa mu sika ne wo bɛdi nsesadwa; Haran ne Kane ne Eden, Seba abatafoɔ, Asur, Kilmad ne wo di dwa; wɔn na wɔyɛ w’abatafoɔ, ntoma afɛfɛ mu, bibitoma ne nkyeremu ngusoɔ mu ne asaawa a wɔafira ademudeɛ, nhoma a wɔafira na wɔakyinkyim, wɔde gye wo adwadeɛ. Tarsis ahyɛn no ne w’akwantufoɔ di w’adwadie mu akɔneaba, na woayɛ ma, na wɔsoaa wo nnesoa pii wɔ ɛpo ahodoɔ no mfimfini. W’aharefoɔ no de wo kɔ nsuo bebree so, apueeɛ mframa bobɔ wo wɔ ɛpo ahodoɔ no mfimfini. W’adeɛ dodoɔ ne w’adetɔnneɛ, wo nsesa adwadeɛ, w’ahyɛn mufoɔ ne w’ahyɛn kwankyerɛfoɔ, wo mu agoago pempamfoɔ ne w’adwadeɛ sesafoɔ ne wo mu akofoɔ nyinaa ne w’asafo a wɔwɔ wo mu nyinaa, bɛmem ɛpo mu, w’ahweaseɛ da no mu. W’ahyɛn kwankyerɛfoɔ nteamu nne ma mpoano asase wosowoso, na wɔn a wɔkurakura atabono nyinaa, ahyɛn mufoɔ, po ani kwankyerɛfoɔ nyinaa fifiri wɔn ahyɛn mu sianesiane bɛgyinagyina fam, na wo so na wɔmema wɔn nne soɔ, na wɔteam yayaaya de dɔteɛ gugu wɔn atifi yantamyantam nso mu, na wɔbobɔ tikwa ma wo, firafira ayitoma na wɔde ɔkra awerɛhoɔ ne agyaadwotwirɛ yaya su ma wo, na wɔbɛtwa wo ho kwadwom, wɔn adwotwa no mu ato wo ho dwom sɛ: Hwan na ɔte sɛ Tiro a wɔama n’asase ayɛ dinn, ɛpo mu yi? W’adwadeɛ firi po nyinaa mu baeɛ no, wode maa aman bebree mee, w’ahonyadeɛ ne w’adwadeɛ dodoɔ na wode maa asase so ahemfo nyaa wɔn ho. Afei a wɔabobɔ wo afiri ɛpo ani de wo ahyɛ nsu donkodonko mu yi, w’adwadeɛ ne w’asafo a ɛwɔ wo mu no nyinaa atotɔ. Nsuano aman nyinaa, wo nti wɔn ho dwiri wɔn, na awɔse gu wɔn ahemfo so, wɔn anim akusa. Aman mu adwadifoɔ bɔ wo so hwerɛma hwee hwee. Woapatu asɛe, na wonni hɔ bio de kɔsi daa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, ka kyerɛ Tiro man panin sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ woama wo ho soɔ, na wose: Meyɛ onyame, anyamedwa so na meteɛ, ɛpo mfimfini, nanso woyɛ onipa, na wonyɛ onyame, na wobu wo ho sɛ onyame. Hwɛ, woyɛ onyansafoɔ sene Daniel anaa, ahuntasɛm biara anhunta wo, wo nyansa ne wo nhunumu so na woanya adeɛ afa, na woanya sika ne dwetɛ agu w’akoradeɛ mu, wo nyansa dodoɔ ne w’adwadie na wode ama w’ahodeɛ adɔɔso, na w’adeɛ no nti w’akoma ahuhuru, enti, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ woyɛ wo ho sɛ onyame nti, hwɛ, mede ananafoɔ mereba wo so, amanaman mu aniɛdenfoɔ, na wɔabɛtwetwe wɔn nkrantɛ atia wo nyansa ahoɔfɛ no, na wɔagu wo hyerɛn ho fi. Amena mu na wɔde wo bɛsiane akorɔ, na woawu atɔfoɔ wuo, ɛpo mfimfini. Ka na wobɛka sɛ: Onyame ne me, wɔn a wɔkum woɔ no anim? Na wo deɛ, woyɛ onipa na wonyɛ onyame, deɛ ɔhwire wo mu no nsam. Momonotofoɔ wuo na wobɛwuo ananafoɔ nsam, na me na maka, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Na AWURADE Nyankopɔn asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, twa Tiro hene ho kwadwom, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Wo deɛ, wone abɔdeɛ afɛfɛ mu deɛ ɔyɛ, nyansa ahyɛ wo ma, w’ahoɔfɛ di mu. Nyankopɔn turo Eden mu na woteɛ, aboɔden aboɔ nyinaa yɛ wo nkataho, bogyanamboɔ, akarateboɔ ne bɔwerɛboɔ, sikabereɛboɔ, apopobibireboɔ ne ahwehwɛboɔ, hoaboɔ, nsrammaboɔ ne ahahammonoboɔ ne sika; wo mpintin ne bɔmmaa som w’anim, ɛda a wɔbɔɔ woɔ no na wɔsiesieeɛ. Wo ne kerub a wɔasra no a ɔkata soɔ, na mede wo mesii hɔ, Nyankopɔn bepɔ kronkron no so na wowɔ, ogya aboɔ ntam na na wonenam. Na mfomsoɔ biara nni wo ho, firi da a wɔbɔɔ woɔ ara de kɔsii da a wɔhunuu wo mu abusudeɛ no. W’adwadie dodoɔ nti na wɔde amimdie hyɛɛ wo mu ma, na woyɛɛ bɔne, na metoo wo firi Nyankopɔn bepɔ so sɛ afideɛ, na kerub a ɔbɔ wo ho ban no, pamm wo firi ogya aboɔ no ntam. W’ahoɔfɛ nti w’akoma ahuhuru, woasɛe wo nyansa ne wo hyerɛn, mato wo atwene fam, mede wo ato ahemfo anim sɛ wɔnhwɛ wo. W’amumuyɛ dodoɔ so, w’adwadie abusudeɛ mu woagu w’akronkronneɛ ho fi, enti mama ogya afiri wo mu, na ahye wo, na madane wo nso, asase so, wɔn a wɔhwɛ woɔ nyinaa anim. Wɔn a wɔnim woɔ, aman nyinaa mu, wo ho bɛyɛ wɔn ahodwiri; woapatu asɛe, na wonni hɔ bio de kɔsi daa. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, dane w’ani kyerɛ Sidon, na hyɛ ne ho nkɔm, na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, O Sidon, na mɛnya wo mu animuonyam, na sɛ meyɛ ne mu atemmudeɛ na meyi ne mu kronkronyɛ adi a, wɔahunu sɛ mene AWURADE. Na merema owuyadeɛ aba ne mu na mogya agu ne mmorɔno so, na apirafoɔ atotɔ ne mu, nkrantɛ a ɛfiri mmaa nyinaa bɛba ne soɔ no ano, na wɔahunu sɛ mene AWURADE. Na kasɛɛ a ɛwɔ onipa ne hwerɛmo a ɛyɛ ya renka hɔ mma Israel fie bio, mfiri wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia a wɔbu wɔn animtia no nyinaa mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn. Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ menya boa Israel fie ano firi aman a wɔapete wɔn mu no mu a, mɛyi me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu amanaman no ani so, na wɔbɛtena wɔn asase a mede maa m’akoa Yakob no so. Na wɔbɛtena so dwoodwoo, asi adan, ayeyɛ bobe nturo, na wɔatena ase dwoodwoo, ɛfiri sɛ mɛyɛ atemmudeɛ, wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia bu wɔn animtia no nyinaa mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE wɔn Nyankopɔn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Afe a ɛtɔ so du no, bosome a ɛtɔ so du no da a ɛtɔ so dummienu no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, dane w’ani kyerɛ Misraimhene Farao, na hyɛ nkɔm tia no ne Misraim nyinaa; kasa na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, Misraimhene Farao, asuboa kɛseɛ a ɔda n’asubɔnten mu a ɔka sɛ: M’Asubɔnten Nil wɔ me, me ara na meyɛ mefaeɛ. Na mede nkɔtɔkorɔ bɛwura w’afono mu, na mama w’asubɔnten mu mpataa afemfam w’abena ho, na matwe wo afiri w’asubɔnten mu aba, wo ne w’asubɔnten mu mpataa a ɛfemfam w’abena ho no nyinaa. Na mɛto wo atwene ɛserɛ so, wo ne w’asubɔnten mu mpataa nyinaa. Ɛserɛ petee so na wobɛtɔ, wɔrentase wo, na wɔremmoa wo ano; asase so mmoa ne ewiem nnomaa na mede wo bɛyɛ wɔn aduane. Na Misraimfoɔ nyinaa bɛhunu sɛ mene AWURADE. Ɛsiane sɛ wɔyɛ nkyɛnkyɛmma poma ma Israel fie, wɔsɔ wo nsa mu a, wobuka suane wɔn mmati nyinaa, na wɔtwere wo a, wobu ma wɔn sisi nyinaa hinhim. Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede nkrantɛ mereba wo so, na matwitwa wo mu nnipa ne mmoa, na Misraim asase adane afo, na ɛso ada mpan, na wɔahunu sɛ mene AWURADE. Ɛsiane sɛ woka sɛ: Asubɔntene Nil no wɔ me, na me ara na meyɛeɛ. Enti, hwɛ, me ne wo ne w’asutene ahodoɔ no anya, na mɛyɛ Misraim asase no afoafo, amamfo ne ahodwirideɛ, afiri Siene abantenten ho akɔsi Etiopia hyeɛ so tɔnn. Onipa nan remfa so na aboa nan rensi so, na wɔrentena so mfirinhyia aduanan. Na mɛyɛ Misraim asase pasaa, nsase a ayɛ pasaa mu, na ne nkuro ada mpan wɔ nkuro afoafo mu, mfirinhyia aduanan, na mɛbɔ Misraim apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu nsase so. Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mfirinhyia aduanan akyiri no, mɛboa Misraim ano afiri aman a mabɔ wɔn apete hɔ no mu, na mede Misraim nnommum no asane aba, na mede wɔn aba Patros asase so bio, wɔn asase a wɔfiri soɔ no so, na wɔayɛ ahennie a abrɛ aseɛ wɔ hɔ. Ɛbɛyɛ ahennie mu deɛ abrɛ aseɛ, na ɛremma ne ho so bio wɔ amanaman so. Na mɛma wɔasua, na wɔanni amanaman so bio. Na Israel fie remfa wɔn ho nto wɔn so bio, sɛ wɔkae wɔn bɔne a ɛne sɛ wɔhwehwɛɛ mmoa firii wɔn hɔ no. Na wɔahunu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn. Na afe a ɛtɔ so aduonu nson no, bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, Babelhene Nebukadnessar maa ne dɔm ko tiaa Tiro. Ɛyɛɛ ɔko kɛseɛ a na ɔhaw ne brɛ pii wɔ mu, nanso akatua biara amfiri Tiro ammɛka ɔno ne ne dɔm nsa, som a ɔsomeeɛ no ho. Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede Misraim asase merema Babelhene Nebukadnessar, na wasoa n’asafo yuu akɔ, na wafa n’asadeɛ, na wafom n’afomfadeɛ afa, na ayɛ ne dɔm no akatua; n’apaadeɛ a ɔsom ho no ano na mede Misraim asase bɛma no, sɛ n’apaadeɛ a ɔsomm ho, ɛfiri sɛ wɔyɛ maa me, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Ɛda no na mɛma abɛn bi afifiri ama Israel fie, na wo na mɛma wo kwan na woabue w’ano wɔ wɔn mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Montwa agyaadwoɔ! Ao, ɛda no! Na ɛda no abɛn, ɛda no abɛn ama AWURADE, mununkum da, ɛbɛyɛ amanaman berɛ. Na nkrantɛ bɛba Misraim so, na nketenkete akuta Etiopia, ɛberɛ a apirafoɔ retotɔ Misraim na wɔrefa emu asafo yuu akorɔ na wɔredwiri ne nnyinasoɔ. Etiopia, Put, Lidia ne afrafrafoɔ dɔm nyinaa ne Kub a wɔne wɔn wɔ apam no nyinaa bɛtotɔ nkrantɛ ano. Sɛ AWURADE seɛ nie: Wɔn a wɔboa Misraim bɛtotɔ, na n’ahoɔden ahantan no abrɛ ase. Ɛfiri Migdol kɔsi Siene wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, na wɔayɛ pasaa, nsase a ayɛ pasaa mu, na ne nkuro afra nkuro afoafo mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE, berɛ a mɛsɔ ogya Misraim na wɔasɛe n’aboafoɔ nyinaa no. Ɛda no, abɔfoɔ bɛfiri m’anim afiri adi, ahyɛne mu, akɔma Etiopiafoɔ wɔn a wɔwɔ hɔ anibiannasoɔ mu no abɔ binim, na ehu bɛba wɔn mu sɛ Misraim da no, na hwɛ, ɛreba. Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mede Babelhene Nebukadnessar nsa bɛtwa Misraim asafo yuu no so. Ɔno ne ne man a ɛka ne ho no, amanaman aniɛdenfoɔ no, wɔde wɔn reba abɛsɛe asase no, na wɔatwetwe wɔn nkrantɛ atia Misraim, na wɔde atɔfoɔ ahyɛ asase no ma. Na mɛma Nil ne nsubɔntene no awewe, na matɔn asase no ahyɛ abɔnefoɔ nsa, na mede ananafoɔ nsa mayɛ asase no ne ne mayɛ pasaa; me AWURADE, na maka. Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛsɛe ahoni huhuo no na matwa abosonhuhuo no so afiri Memfis, na ɔberempɔn renka Misraim asase so mma wɔn bio, na mɛma ehu aba Misraim asase so. Na mɛyɛ Patros pasaa, na masɔ ogya Soan, na mayɛ atemmudeɛ wɔ Tebes, na mahwie m’abufuhyeɛ agu Pelusium, ne Misraim aban a ɛyɛ den no so, na Tebes asafo yuu no matwa so. Na mɛto Misraim mu gya. Pelusium bɛhunu ayayadeɛ, na wɔde Tebes bɛma wɔabu n’afasuo afa mu, na Memfis bɛhunu ahohiahiafoɔ awia, On ne Pi- beset mmeranteɛ bɛtotɔ nkrantɛ ano, na mmaa no akɔ nnommumfa mu. Tehafnehes nso, ɛda no bɛduru sum, sɛ merebubu Misraim kɔnnua wɔ hɔ, na n’ahoɔden ahantan to bɛtwa wɔ ne mu, na mununkum bɛkata ne so, na ne mmammaa akɔ nnommumfa mu. Sei na mɛyɛ atemmudeɛ wɔ Misraim, na wɔahunu sɛ mene AWURADE. Na afe a ɛtɔ so dubaako, bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so nson no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, Misraimhene Farao basa no, mabu, na hwɛ, wɔnkyekyeree sɛ wɔresa, sɛ wɔde ntomaban rekyekyere so, sɛ wɔde rema emu ayɛ den na atumi asɔ nkrantɛ mu. Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne Misraimhene Farao anya, na merebɛbu n’abasa no, deɛ ɛyɛ den ne deɛ abuo no, na mama nkrantɛ no afiri ne nsa atɔ fam; na mɛbɔ Misraimfoɔ apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu nsase so. Na mɛhyɛ Babel hene abasa mu den, na mede ne nkrantɛ ahyɛ ne nsa, na mabubu Farao abasa, na wapenepene ɔtofoɔ pene n’anim. Na mɛma Babel hene abasa ayɛ den, na Farao abasa mu ago, na wɔahunu sɛ mene AWURADE. Na mede me nkrantɛ merehyɛ Babel hene nsa, na watene no Misraim asase so; na mɛbɔ Misraim apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu so, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na afe a ɛtɔ so dubaako no, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, ka kyerɛ Misraimhene Farao ne n’asafo yuu no sɛ: Wote sɛ hwan, wo kɛseyɛ mu? Hwɛ, Asiria te sɛ Lebanon so tweneduro, ne mman fɛfɛ, n’ahahan kusuu a ɛma enwunu, na ɛkorɔn sorɔnsorɔn a ne ntɛntɛnoa wɔ mununkum ntam. Nsuo maa no yɛɛ kɛse, ebunu maa no korɔnn. Ne nsutene sene twaa ne mfuo ho hyiae, na ɛde ne nsuka kɔɔ wiram nnua nyinaa ho. Enti ɛkorɔn sorɔnsorɔn sene wiram nnua nyinaa, ne dubaa ayeyɛ akɛseɛ na ne mman ayeyɛ atentene, nsuo dodoɔ a ɛnyaeɛ a ɛpaepae nkorabata no nti. Ne mman frɔmfrɔm no mu na ewiem nnomaa nyinaa yeyɛɛ apirebuo, na ne mman akɛseɛ no ase na wiram mmoa nyinaa wowoo wɔn mma, na n’ase nwunu mu na amanaman akɛseɛ nyinaa tenaeɛ. Na ne ho yɛ fɛ, ne kɛseyɛ mu, ne mman tentenyɛ mu, ɛfiri sɛ na ne nhini kɔ nsuo bebree ho; ntweneduro a ɛwɔ Nyankopɔn turo mu nto no, na pepeaa nnua nte sɛ ne mman frɔmfrɔm no, na kyɛnkyɛn nte sɛ ne mman akɛseɛ; dua biara nni Nyankopɔn turo mu a na ɛsɛ no n’ahoɔfɛ mu; mede ne mman dodoɔ maa ɛyɛɛ fɛ maa nnua a ɛwɔ Nyankopɔn Eden turo mu no nyinaa ani beree no. Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ ɛwaree ne korɔn mu na ɔyii ne ntɛntɛnoa kɔɔ mununkum mu, na n’akoma huhuruiɛ n’ahantan mu nti, mede no hyɛɛ amanaman tumfoɔ no nsa; die na ɔne no diiɛ, n’abɔnefosɛm nti na metuu no. Na ananafoɔ, amanaman mu aniɛdenfoɔ too no gui na wɔgyaa no hɔ; mmepɔ so ne mmonhwa nyinaa mu na na ne mman guguo, na ne mman akɛseɛ no bubui wɔ asase so nsubɔnhwa nyinaa mu, na asase so aman nyinaa firii ne nwunu no mu sane kɔe, gyaa no hɔ. Na dutan a ɛda fam no so na na ewiem nnomaa nyinaa sisie, na ne mman akɛseɛ no so na na wiram mmoa nyinaa wɔ. Ɛyɛɛ saa na nsuo ho nnua nyinaa mu biara amma ne ho so, ne korɔn nti, na anyiyi ne ntɛntɛnoa wɔ mununkum mu, na wɔn atumfoɔ amma wɔn ho so annyina wɔn ahantan mu, wɔn a wɔnom nsuo nyinaa. Ɛfiri sɛ, na wɔde wɔn nyinaa ama owuo, akɔ asase ase tɔnn, nnipa mma mu, akɔ wɔn a wɔsiane kɔ Asamando no nkyɛn. Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Da a ɔsiane kɔɔ Asamando no, memaa abooboodie bae, ne nti memaa ebunu so katae, na mesii ne nsubɔntene ano, na wɔsiankaa nsuo bebree no; na memaa Lebanon firaa ne so birisi tumm, na ne nti ewiem nnua nyinaa botoe. N’ahweaseɛ gyegyeegye so memaa amanaman wosoe, berɛ a mereto no akɔ Asamando aka wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no ho no; na Eden nnua nyinaa, Lebanon adeɛ a wɔayi a ɛyɛ no, wɔn a wɔnom nsuo nyinaa bo tɔe, asase so. Wɔn nso a wɔyɛ ne basa a wɔte n’ase nwunu mu, amanaman mu no, wɔne no siane kɔɔ Asamando, kɔɔ nkrantɛ ano atɔfoɔ nkyɛn. Hwan na wosɛ no saa, animuonyam ne kɛseyɛ mu, Eden nnua mu? Nanso wɔde wo ne Eden nnua no bɛsiane akɔ asase ase, momonotofoɔ mu na wobɛda, nkrantɛ ano atɔfoɔ nkyɛn. Farao ne n’asafo yuu nyinaa nie, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na afe a ɛtɔ so dummienu no, bosome a ɛtɔ so dummienu no, da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, twa kwadwom ma Misraimhene Farao, na ka kyerɛ no sɛ: Amanaman mu gyataburuwa ho na wɔde wo toeɛ, nso wo deɛ, wotee sɛ ɛpo mu asuboa, na wohuri firii wo nsubɔntene no mu, na wode wo nan nuu nsuo no mu honoo wɔn nsubɔntene. Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛto m’asau agu wo so, aman bebree asafo mu, na wɔde me boa ayi wo aforo aba, na mɛto wo atwene fam, na mato wo atwene ɛserɛ so, na mama ewiem nnomaa nyinaa abɛsisi wo so, na mama asase nyinaa so mmoadoma adi wo nam amee. Na mede wo nam bɛto mmepɔ so, na mede wo funu ahyɛ mmonhwa ma, na mama asase no anom wo mogya sɛ nsuo akɔduru mmepɔ ho, na woahyɛ nsubɔnhwa no mama. Na sɛ medum wo sɛ kanea a, mɛkata ɔsoro, na mama ne nsoromma abiri tumm; mede mununkum bɛkata owia ani, na ɔsrane renharan. Mɛma ɔsoro nkanea a ɛhyerɛn abiri wo so, na mama esum aduru w’asase so, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Na mɛteetee aman bebree akoma, berɛ a mɛfa wo dommum akɔ amanaman mu, nsase a wonnim soɔ no soɔ; na mɛma wo ho ayɛ aman bebree ahodwiri, na wo ho ama awɔse agu wɔn ahemfo so, berɛ a mehwinhwim m’afena wɔn anim no, na wɔn ho bɛpopo berɛ nyinaa mu, wɔn nyinaa nkwa nti, w’ahweaseɛ da no so. Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Babel hene nkrantɛ bɛba wo so. Nnɔmmarima nkrantɛ na mede bɛma w’asafo yuu no atotɔ, amanaman mu aniɛdenfoɔ ne wɔn nyinaa, na wɔbɛsɛe Misraim ahantan, na wɔadwerɛ n’asafo yuu no nyinaa. Na mɛdwerɛ n’afiemmoa nyinaa afiri nsuo akɛseɛ no ho, na onipa nan remma no nhono bio, na afieboa ntɔte remma no nhono bio. Ɛno na mɛma wɔn nsuo ani agyene, na mama wɔn nsubɔntene asene sɛ ngo, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ɛberɛ a mɛma Misraim asase ayɛ afo na asase no ada ne mayɛ ho mpan no, ɛberɛ a mɛkum wɔn a wɔte soɔ no nyinaa no, na wɔbɛhunu sɛ mene AWURADE. Kwadwom a wɔde bɛsu no nie. Amanaman mmammaa de bɛsu no, wɔde bɛsu Misraim ne n’asafo yuu nyinaa, AWURADE asɛm nie. Na afe a ɛtɔ so dummienu no, bosome a ɛdi kan no ara da a ɛtɔ so dunum no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, twa Misraim asafo yuu so adwo, na ma wɔne amanaman atumfoɔ mmammaa nsiane nkɔ famfam asase so nka wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no ho. Hwan na wosene no ahoɔfɛ? Siane na da momonotofoɔ nkyɛn! Nkrantɛ ano atɔfoɔ mu na wɔbɛtotɔ; wɔde no ama nkrantɛ; montwe ɔno ne n’asafo yuu nyinaa nkɔ. Nnɔmmarima mu atumfoɔ ne wɔn aboafoɔ firi Asamando ka kyerɛ no sɛ: Momonotofoɔ a wɔde nkrantɛ akunkum wɔn no asiane deda hɔ. Ɛhɔ na Asiria ne n’asafo nyinaa wɔ, wɔn adamena atwa ne ho ahyia, wɔahwire wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrantɛ ano. Wɔabɔ ne da wɔ Amena mu tɔnn, na n’asafo atwa ne damena ho ahyia. Wɔahwire wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrantɛ ano, wɔn a wɔyii nnipa hu, ateasefoɔ asase soɔ no. Ɛhɔ na Elam ne n’asafo yuu nyinaa wɔ, wɔn adamena atwa ne ho ahyia; wɔahwire wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrantɛ ano. Momonotofoɔ a wɔsiane kɔɔ asase ase tɔnn a wɔyii nnipa hu, ateasefoɔ asase soɔ no, na wɔne wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no asoa wɔn ahohora. Atɔfoɔ mu na wɔato no mpa, n’asafo yuu no nyinaa mu, wɔn adamena atwa ne ho ahyia; wɔn nyinaa yɛ momonotofoɔ, na wɔakunkum wɔn nkrantɛ ano. Wɔn ho hu kaa nnipa ateasefoɔ asase soɔ nti, wɔne wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no asoa wɔn ahohora; wɔde no ato atɔfoɔ mu. Ɛhɔ na Mesek, Tubal ne wɔn asafo yuu no nyinaa wɔ; wɔn adamena atwa ne ho ahyia; wɔn nyinaa yɛ momonotofoɔ, wɔakunkum wɔn nkrantɛ ano, ɛfiri sɛ wɔmaa wɔn ho hu kaa nnipa, ateasefoɔ asase so; na wɔrenneda momonotofoɔ mu nnɔmmarima a wɔatotɔ na wɔde wɔn akodeɛ asiane kɔ Asamando, na wɔdeda wɔn nkrantɛ soɔ; na wɔn amumuyɛdeɛ aba wɔn nnompe so, ɛfiri sɛ wɔn ho yɛɛ nnɔmmarima hu, ateasefoɔ asase so. Na wo nso wɔbɛbubu wo momonotofoɔ mu, na wo ne nkrantɛ ano atɔfoɔ adeda. Ɛhɔ na Edom wɔ, n’ahemfo ne n’aberempɔn nyinaa, wɔde wɔn guu nkrantɛ ano atɔfoɔ nkyɛn, wɔn mmaninyɛ mu. Wɔn nso wɔne momonotofoɔ ne wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no deda hɔ. Ɛhɔ na atifi fam mmapɔmma nyinaa wɔ, ne Sidonfoɔ a wɔne atɔfoɔ asiane korɔ no nyinaa; wɔn ho hu a wɔde wɔn mmaninyɛ yiiɛ no mu, wɔn ani awu, na wɔdeda hɔ, wɔyɛ momonotofoɔ; wɔne nkrantɛ ano atɔfoɔ no, na wɔne wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu soa wɔn ahohora. Farao bɛhu wɔn, na wakyekye ne werɛ, n’asafo yuu no nyinaa ho; nkrantɛ ano atɔfoɔ ne Farao ne ne dɔm nyinaa ho, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Na memaa no yii hu, ateasefoɔ asase so, enti na wɔde no ato momonotofoɔ mu aka nkrantɛ ano atɔfoɔ ho, Farao ne n’asafo yuu nyinaa, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, kasa kyerɛ wo man mma, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mede nkrantɛ ba asase bi so, na asase no so man no yi wɔn mu barima bi, na wɔyɛ no ɔwɛmfoɔ, na ɔhunu nkrantɛ sɛ ɛreba asase no so, na ɔhyɛne totorobɛnto de bɔ ɔman no kɔkɔ, na ɔtefoɔ te totorobɛnto no hyɛn, na wantie kɔkɔbɔ no, na nkrantɛ no ba bɛfa no kɔ a, ne mogya bɛbua n’atifi. Ɔtee totorobɛntohyɛn no, na wantie kɔkɔbɔ no; ne mogya ngu ne so! Na sɛ ɔtiee kɔkɔbɔ no a, anka ɔgyee ne kra nkwa. Na sɛ ɔwɛmfoɔ no hunu nkrantɛ sɛ ɛreba, na wanhyɛne abɛn no ammɔ ɔmanfoɔ kɔkɔ na nkrantɛ no ba bɛkum wɔn mu bi a, ɔno deɛ, n’amumuyɛ mu na wɔafa no korɔ, na ne mogya deɛ, mɛbisa no ɔwɛmfoɔ no nsam. Na wo, onipa ba, mede wo asi ɔwɛmfoɔ ama Israel fie, na tie m’anomu asɛm, na fa bɔ wɔn kɔkɔ. Sɛ meka kyerɛ ɔbɔnefoɔ sɛ: Ɔbɔnefoɔ, wuo na wobɛwuo, na sɛ woanka ammɔ ɔbɔnefoɔ no kɔkɔ ne kwan ho a, ɔno ɔbɔnefoɔ no bɛwu n’amumuyɛ mu, na ne mogya deɛ, wo nsam na mɛbisa. Na wo, sɛ wobɔ ɔbɔnefoɔ no kɔkɔ ne kwan ho, sɛ ɔnsane mfiri so, na wansane amfiri ne kwan no so a, ɔno deɛ, ɔbɛwu n’amumuyɛ mu, na wo nso woagye wo kra nkwa. Enti wo, onipa ba, ka kyerɛ Israel fie sɛ: Moka sɛ: Yɛn mmarato ne yɛn bɔne gu yɛn so, na ɛnonom mu na yɛredwerɛ yi, na ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛnya nkwa? Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɔbɔnefoɔ wuo nyɛ me fɛ, na mmom sɛ ɔbɔnefoɔ bɛsane afiri ne kwan soɔ na wanya nkwa! Monsane, monsane mfiri mo akwammɔne so! Adɛn nti na morewuwuo yi, Israel fie? Na wo, onipa ba, ka kyerɛ wo man mma no sɛ: Ɔteneneeni tenenee rennye no ne mmarato da no, na ɔbɔnefoɔ abɔnefosɛm nso renhwe no ase, ɛda a ɔbɛsane afiri n’abɔnefosɛm mu no ho, na ɔteneneeni nso rentumi nnye ne ho nkwa wɔ mu, ɛda a ɔyɛ bɔne no. Sɛ meka kyerɛ ɔteneneeni sɛ: Wobɛnya nkwa, na ɔde no ho to ne tenenee so na ɔyɛ amumuyɛdeɛ a, wɔrenkae ne tenenee no biara, na n’amumuyɛdeɛ a wayɛ no mu ara na ɔbɛwuo. Na meka kyerɛ ɔbɔnefoɔ sɛ: Wuo na wobɛwuo, na ɔsane firi ne bɔne mu bɛyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ, na sɛ ɔbɔnefoɔ dane awowasideɛ kɔma, ɔhyɛ deɛ ɔfomeeɛ no ananmu, ɔnante nkwa ahyɛdeɛ mu sɛ ɔrenyɛ amumuyɛdeɛ a, nya na ɔbɛnya nkwa, ɔrenwu; ne bɔne a ɔyɛeɛ no nyinaa, wɔrenkae mma no; wayɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ, nkwa ara na ɔbɛnya. Nanso wo man mma ka sɛ: AWURADE kwan ntene! berɛ a wɔn mmom na wɔn kwan ntene. Sɛ ɔteneneeni sane firi ne tenenee ho na ɔyɛ amumuyɛdeɛ a, emu na ɔbɛwuo; na sɛ ɔbɔnefoɔ sane firi n’abɔnefosɛm ho na ɔyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ a, ɛno ara so na ɔbɛnya nkwa; nanso moka sɛ: AWURADE kwan ntene! Sɛdeɛ obiara kwan teɛ no, saa na mɛbu mo atɛn, o Israel fie. Na yɛn tukorɔ afe a ɛtɔ so dummienu no, bosome a ɛtɔ so du no da a ɛtɔ so nnum no, odwanefoɔ bi firii Yerusalem baa me nkyɛn sɛ: Wɔabɔ kuro no. Nso na AWURADE nsa aba me so anwummerɛ no, ansa na odwanefoɔ no reba. Ɔbaa me nkyɛn anɔpa no, na wabue m’ano, na mantɔre mum bio. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, wɔn a wɔte Israel asase so akurofo no soɔ no ka sɛ: Abraham yɛ ɔbaakofoɔ, na ɔfaa asase no diiɛ, na yɛn deɛ, yɛdɔɔso, yɛn mmom na wɔde asase no ama yɛn sɛ yɛmfa nnie. Enti ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Modi aboa a wɔantwa ne tiri nam, na momma mo ani so kyerɛ mo abosonhuhuo, na moka mogya gu, na mobɛfa asase no adi so anaa? Mogyinagyina mo nkrantɛ so, moyɛ akyiwadeɛ, na obi gu ne yɔnko yere ho fi, na mobɛfa asase no adi so anaa? Sɛ ka kyerɛ wɔn nie: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ mete aseɛ yi, ampa ara wɔn a wɔwɔ akurofo no soɔ no, nkrantɛ ano na wɔbɛtotɔ; na deɛ ɔwɔ wiram no, mmoadoma na mede no bɛma mmoa ma wɔadie; na wɔn a wɔwɔ aban ne abodan mu no, owuyadeɛ na ɛbɛkunkum wɔn. Na mɛyɛ asase no afo ne pasaa, na n’ahoɔden ahantan no to bɛtwa, na Israel mmepɔ adanedane afo a obiara biara remfa soɔ; na wɔn akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ no nyinaa nti, mɛyɛ asase no afo ne ahodwirideɛ, na wɔahunu sɛ mene AWURADE. Na wo, onipa ba, wo man mma keka wo ho nsɛm afasuo ho ne adan no apono ano, na obi ne obi, obi ne ne nua, kasa sɛ: Mommra mmɛtie asɛm ko a ɛfiri AWURADE nkyɛn ba no ɛ! Na wɔbɛba wo nkyɛn sɛdeɛ ɔman bi ba, na wɔatenatena ase w’anim sɛ me man, na wɔatie wo nsɛm, nso wɔrenni so, na wɔn anomu adɔkɔdɔkɔsɛm na wɔredie; wɔn akoma di wɔn mfasoɔ akyi. Na hwɛ, woyɛ wɔn sɛ dwom dɛdɛ, sɛ obi a ne nne yɛ dɛ, na ɔnim sankuo bɔ yie; na wɔte wo nsɛm deɛ, nanso wɔnni so. Na ɛnya ba a, hwɛ ɛbɛba, na wɔbɛhunu sɛ odiyifoɔ bi atena wɔn mu pɛn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nnwanhwɛfoɔ, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn, nnwanhwɛfoɔ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Monnue, Israel nnwanhwɛfoɔ a wɔyɛne wɔn ho no; ɛnyɛ nnwan na nnwanhwɛfoɔ yɛne wɔn? Modi sradeɛ no, na mofira nnwan no ho nwi; deɛ wadorɔ no, mokum no; na nnwankuo no deɛ, monyɛne wɔn. Wɔn a wɔahodwo no, monhyɛ wɔn den, na ayarefoɔ nso, monsa wɔn yadeɛ; deɛ wabubuo no, monkyekyere no, deɛ wɔapam no no, monkɔfa no mma, na deɛ wayera no, monhwehwɛ no, na mmom ɔhyɛ ne atirimuɔden na mode di wɔn soɔ. Ɛnna wɔbɔɔ wɔn pansameeɛ, ɛfiri sɛ wɔnni hwɛfoɔ, na wɔdanedanee wiram mmoa nyinaa aduane, na wɔbɔɔ wɔn petee koraa. Me nnwan wɔ mmepɔ nyinaa ne nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so ntwɛtwɛdɛ, na me man abɔ apete asase nyinaa ani, na obiara nni hɔ a ɔbisa, na obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ wɔn. Enti, mo nnwanhwɛfoɔ, montie AWURADE asɛm! Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɛsiane sɛ me nnwan adane fomfa adeɛ, na me nnwan adane wiram mmoa nyinaa aduane, ɛnam sɛ wɔnni hwɛfoɔ nti, na me nnwanhwɛfoɔ mmisaa me nnwan akyiri kwan, na mmom nnwanhwɛfoɔ no yɛne wɔn ho, na me nnwan no deɛ, wɔanhwɛ wɔn nti, mo nnwanhwɛfoɔ, montie AWURADE asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne nnwanhwɛfoɔ no anya, na mɛbisa me nnwan no wɔn nsam, na mama wɔagyae nnwanhwɛ adwuma no yɛ, na nnwanhwɛfoɔ no anyɛne wɔn ho bio, na magye me nnwan afiri wɔn anomu, na wɔanyɛ wɔn aduane bio. Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ara mɛhwehwɛ me nnwan, na mahwehwɛ wɔn akyiri kwan. Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwehwɛ ne nnwankuo akyiri kwan da a ɔwɔ ne nnwan a wɔabɔ apete no mu no, saa ara na mɛhwehwɛ me nnwan akyiri kwan, na mɛyi wɔn afiri deɛ wɔapansam wɔn korɔ nyinaa, mununkum ne sum kabii da no. Na mɛyi wɔn afiri aman mu, na maboa wɔn ano afiri nsase so na mede wɔn aba wɔn asase so, na mayɛne wɔn, Israel mmepɔ so, nsubɔnhwa mu ne asase no so tenabea nyinaa; adidibea pa na mɛyɛne wɔn, na Israel mmepɔ atenten so bɛyɛ wɔn yɛmmea; ɛhɔ na wɔde wɔn bɛkɔ yɛmmea pa, na wɔawe ɛserɛ pa, Israel mmepɔ so. Me ara na mɛyɛne me nnwan, na me ara mɛma wɔabutubutu, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Deɛ wayera no, mɛhwehwɛ no, na deɛ wɔapam no no, mɛkɔ akɔfa no aba, na deɛ wabubuo no, mɛkyekyere no, na deɛ ɔyareɛ no, mɛhyɛ no den; na deɛ wadɔre sradeɛ ne deɛ ne ho yɛ den no, mɛhwɛ no so; mɛhwɛ wɔn tenenee mu. Na mo, me nnwan, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, merebu odwan ne odwan, odwennini ne mpapo ntam atɛn. Ɛyɛ mo adewa sɛ modidi adidibea pa, na mo adidibea nkaeɛ no, mode mo nan tiatia soɔ? Na monom nsuo a agyene, na mode mo nan hono nkaeɛ no? Na me nnwan no deɛ, wɔnni deɛ mode mo nan atiatia soɔ na wɔnnom deɛ mode mo nan ahono no anaa? Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ wɔn nie: Hwɛ, me ara mɛbu nnwan a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan a wɔafɔn no ntam atɛn. Ɛsiane sɛ mode mfemu ne mmatire sunsum na mode mo mmɛn pempem ayarefoɔ nyinaa kɔsi sɛ mopansam wɔn kɔ akyiri nti, mɛgye me nnwan nkwa na wɔrenyɛ fomfa adeɛ bio, na mɛbu odwan ne odwan ntam atɛn. Na mede odwanhwɛfoɔ baako bɛsi wɔn so na wayɛne wɔn, ɔno ne m’akoa Dawid; ɔno na ɔbɛyɛne wɔn, na ɔno na ɔbɛyɛ wɔn ɔhwɛfoɔ; na me AWURADE, mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, na m’akoa Dawid ayɛ wɔn mu berempɔn; me, AWURADE, na maka. Na me ne wɔn bɛpam asomdwoeɛ apam, na mahye mmoa bɔne ase, asase no so, na wɔatena ɛserɛ so dwoodwoodwoo, na wɔadeda kwaeɛ mu. Na mɛma wɔn ne nsase a ɛdeda me kokoɔ ho hyia no ayɛ nhyira, na mɛma osuo atɔ ne berɛ mu; ɛbɛyɛ nhyira nsuo. Na petee mu nnua bɛso n’aba, na asase ama ne nnɔbaeɛ, na wɔn ho adwo wɔn, wɔn asase so, na wɔahunu sɛ mene AWURADE, sɛ mabubu wɔn kɔnnua na mayi wɔn afiri wɔn a wɔdi wɔn nya nsam. Na wɔrenyɛ amanaman fomfa adeɛ bio, na asase so mmoa renni wɔn nam bio, na wɔbɛtena ase dwoodwoo a obiara biara renyi wɔn hu. Na mɛsiesie afuo a ɛyɛ krabɛhwɛ mama wɔn, na ɛkɔm rempra wɔn bio asase no so, na wɔrensoa amanaman ahohora bio. Na wɔbɛhunu sɛ me, AWURADE, wɔn Nyankopɔn na me ne wɔn teɛ, na wɔn, Israel fie ne me man, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Na mone me nnwan, me yɛmmea nnwan, moyɛ nnipa, mene mo Nyankopɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, dane w’ani kyerɛ Seir bepɔ na hyɛ nkɔm tia no, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, Seir bepɔ, na mɛtene me nsa atia wo, na mede wo ayɛ afo ne ahodwirideɛ. Mɛma wo nkuro adeda mpan, na adane afo, na woahunu sɛ mene AWURADE. Ɛsiane sɛ wokuraa daa nitan, na woyii Israel mma hyɛɛ nkrantɛ nsa, wɔn amaneɛ berɛ mu, wɔn asotwe a ɛdi akyire no mu nti, sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, mede wo bɛyɛ mogya, na mogya ati wo; sɛ woantane mogya nti, mogya ara na ɛbɛdi w’akyi. Na mɛyɛ Seir bepɔ ahodwirideɛ ne afo, na matwa deɛ ɔresene ne deɛ ɔresane afiri mu, na mede atɔfoɔ ahyɛ ne mmepɔ ma ma; wo nkokoɔ so ne wo mmonhwa mu ne wo nsubɔnhwa nyinaa mu na nkrantɛ ano atɔfoɔ bɛguguo. Mɛyɛ wo daa afoafo, na wo nkuro no, obiara rentena mu, na moahunu sɛ mene AWURADE. Ɛsiane sɛ wokaa sɛ: Aman mmienu yi ne nsase mmienu yi, bɛyɛ me deɛ na yɛafa adi so, nso AWURADE wɔ hɔ, enti, sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, mene wo bɛdi no sɛdeɛ w’abufuo ne wo ninkunu a wotane wɔn no nti wotweeɛ no teɛ, na mɛma wɔahu me wɔ wɔn mu, berɛ a mɛbu wɔn atɛn no. Na wɔbɛhunu sɛ me, AWURADE, mate w’abususɛm a woka tiaa Israel mmepɔ no sɛ: Ayɛ afo, yɛn na wɔde ama yɛn sɛ yɛnnie so no nyinaa. Mode mo ano adi me so akokurokosɛm, na moama me ho nsɛm a moka no adɔɔso; me ara mate. Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛberɛ a asase nyinaa ani bɛgyeɛ no, wo deɛ, mɛyɛ wo afo. Sɛ w’ani gyee Israel fie agyapadeɛ ho sɛ ayɛ afo no, saa ara na mɛyɛ woɔ, afo ara na Seir bepɔ ne Edom mu nyinaa bɛyɛ, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm kyerɛ Israel mmepɔ, na ka sɛ: Mo, Israel mmepɔ, montie AWURADE asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ ɔtamfoɔ ka mo ho asɛm sɛ: Wiɛ, tete sorɔnsorɔmmea no abɛyɛ yɛn deɛ! nti, hyɛ nkɔm, na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ wɔayɛ mo afo amene mo, afa nyinaa, ama moadanedane agyapadeɛ ama amanaman no nkaeɛ, na ɔkasafoɔ tɛkyerɛma da mo soɔ, na nkurɔfoɔ sopa mo nti, mo, Israel mmepɔ, montie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ ne nsubɔnhwa no, akurofo a ɛdeda mpan ne nkuro a wɔagya a adanedane fomfa adeɛ ne fɛdie ama amanaman nkaeɛ a ɛwowɔ ho hyia no, enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ampa ara, me ninkuntwe gya mu na mɛkasa atia amanaman nkaeɛ no, ne Edom nyinaa a wɔafa m’asase ayɛ wɔn apɛgyadeɛ, wɔn akoma nyinaa anigyeɛ mu, ne ɔkra ho ɛpetoɔ mu, sɛ wɔbɛfa de ayɛ fomfa adeɛ. Ɛno nti hyɛ Israel asase ho nkɔm, na ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ ne nsubɔnhwa ne mmonhwa no sɛ: Hwɛ, me ninkuntwe ne m’anibereɛ mu na mekasa, ɛfiri sɛ moasoa amanaman ahohora; enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Me na mama me nsa soɔ; ampa ara, amanaman a atwa mo ho ahyia no, wɔn ara na wɔbɛsoa wɔn ahohora. Na mo Israel mmepɔ, mobɛdennan mo mman mu na moaso mo aba ama me man Israel, ɛrenkyɛre na wɔaba fie. Na hwɛ, meredi mama mo, na madane aba mo nkyɛn, na wɔbɛdɔ mo, na wɔadua mo so aduane. Na mɛma nnipa adɔɔso mo so, Israel fie nyinaa, na wɔbɛtenatena nkuro no mu, na wɔakyekyere afoafo no. Na mɛma nnipa ne afieboa adɔɔso mo so, na wɔadɔre awowo bebree, na mama wɔatena mo so sɛ akane berɛ no, na mayɛ mo yie asene mo mfitiaseɛ, na moahunu sɛ mene AWURADE. Na mɛma nnipa anante mo so, me man Israel so, na wɔafa wo ayɛ wɔn deɛ, na woayɛ wɔn agyapadeɛ, na worenkɔ so mma wɔnni mmasugya bio. Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ: Woyɛ nnipadifoɔ, na woma wo man di mmasugya nti, worenni nnipa nam bio, na woremma wo manfoɔ nni mmasugya bio, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Na meremma wonte amanaman ahohorabɔ bio, na worensoa aman nsopa bio, na woremma wo man nni mmasugya bio, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, Israel fie tenaa wɔn asase soɔ no, wɔde abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ guu ho fi; na wɔn bra no te sɛ ɔbaa a wayɛ bra fi wɔ m’anim. Ɛnna mehwiee m’abufuhyeɛ guu wɔn soɔ, mogya a wɔhwiee guu asase no soɔ no nti, ne wɔn abosom a wɔde guu ho fi no nti. Na mepansamm wɔn guu amanaman mu, na mehwetee wɔn mu guu nsase so. Wɔn bra ne wɔn nneyɛɛ so na mebuu wɔn atɛn. Na wɔduruu amanaman a wɔkɔɔ hɔ no mu no, wɔguu me din kronkron no ho fi, sɛ wɔkaa no wɔ wɔn ho sɛ: AWURADE man ne yeinom, nanso wɔafiri n’asase so kɔ. Ɛnna menyaa tema maa me din kronkron a Israel fie guu no fi, amanaman a wɔkɔɔ hɔ no mu. Ɛno nti ka kyerɛ Israel fie sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Israel fie, ɛnyɛ mo nti na mereyɛ, na mmom me din kronkron a moguu ho fi, amanaman a mokɔɔ hɔ no mu ntira. Na mɛyɛ me din kɛseɛ a wɔagu ho fi, amanaman a moagu ho fi wɔ wɔn mu no kronkron, na amanaman ahunu sɛ mene AWURADE, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, sɛ mereyi me kronkronyɛ adi, mo mu, wɔn ani so. Na mɛfa mo afiri amanaman no mu, na maboaboa mo ano afiri nsase no nyinaa so, na mede mo asane aba mo asase so. Na mede nsu korɔgyenn bɛpete mo so na mo ho ate; mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuo nyinaa mu na mɛte mo ho afire, na mɛma mo akoma foforɔ, na mede honhom foforɔ mahyɛ mo mu, na mɛyi ɔboɔ akoma no afiri mo honam mu, na mama mo honam akoma. Na mede me honhom bɛhyɛ mo mu, na mama moanante m’ahyɛdeɛ so, na moahwɛ m’atemmudeɛ ayɛ. Na mobɛtena asase a mede memaa mo agyanom no so, na moayɛ me ɔman, na me nso, mayɛ mo Onyankopɔn. Na mɛgye mo afiri mo fi nyinaa mu, na mɛfrɛ aduane ama no adɔɔso, na meremma ɛkɔm biara mma mo so. Na mɛma nnua aba, ne mfuo mu nnɔbaeɛ adɔɔso, na moansoa ɛkɔm no nsopa, amanaman mu bio. Ɛno na mobɛkae mo akwammɔne ne mo nneyɛɛ a ɛnyɛ no, na mo amumuyɛ ne mo akyiwadeɛ no nti, mo ho ayɛ mo nwunu, mo anim. Ɛnyɛ mo nti na mereyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, monhu no saa. Momma mo ani nwu na momfɛre wɔ mo akwan ho, Israel fie. Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Da a mɛte mo ho afiri mo amumuyɛdeɛ nyinaa mu no, mɛma wɔatenatena nkuro no so, na wɔakyekyere amamfo no, na wɔadɔ asase a na ɛda hɔ hunu no ama aduane aba so no, wɔn a wɔtwam nyinaa anim no. Na wɔbɛka sɛ: Asase yi a na ɛda hɔ hunu no na adane sɛ Eden turo yi, na nkuro afoafo a ɛdedaa mpan a adwiridwirie no na wɔatoto ho afasuo tete mu yi. Ɛnna amanaman a atwa mo ho ahyia no bɛhunu sɛ, me, AWURADE, na masisi deɛ adwiridwirie no, na matɛ deɛ ɛda hɔ hunu no; me, AWURADE, na maka, na mɛyɛ. Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yei bio na Israel fie bɛbisa no me hɔ, na mɛyɛ mama wɔn. Mɛma wɔadɔɔso ayɛ nnipa pii, sɛ Yerusalem nnwankuo. Sɛ nnwankuo kronkron, sɛ Yerusalem nnwankuo teɛ n’afahyɛ aseɛ no, saa na nnipa akuakuo bɛyeyɛ nkuro afoafo no ma ma, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE nsa baa me so, na ɔde me firii adi wɔ AWURADE honhom mu, na ɔde me kɔsii bonhwakɛseɛ a nnompe ara nko ayɛ mu ma mu. Na ɔma me faa so kyini hyiae, na hwɛ, na ɛdɔɔso pa ara wɔ bonhwa no ani, na hwɛ, ɛho akokwa sɛ. Na ɔbisaa me sɛ: Onipa ba, nnompe yi bɛnya nkwa anaa? Na mese: AWURADE Nyankopɔn, wo na wonim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛ nnompe yi ho nkɔm, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo nnompe a mo ho akokwa, montie AWURADE. Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ nnompe yi nie: Hwɛ, mɛma ahome aba mo mu, na moanya nkwa. Na mede ntini bɛsosɔ mo mu, na mede nam agu mo so, na mede wedeɛ akata mo ho, na mede ahome ahyɛ mo mu, na moanya nkwa, na moahunu sɛ mene AWURADE. Ɛnna mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no; na mehyɛɛ nkɔm no, ɛnne bi bae, na hwɛ, awosoɔ bi nie, na nnompe no hyiahyiae, dompe bɛkaa ne dompe ho. Na mehwɛe, na hwɛ, ntini baa so, na ɛnam baa ho, na wedeɛ bɛkataa so, nanso na ahome biara nni mu. Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛ nkɔm kyerɛ mframa no, hyɛ nkɔm, onipa ba, na ka kyerɛ aframa no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ahome e, firi mframa nnan no mu bra, na bɛhome gu nnipa a wɔakunkum wɔn yi so, na wɔnnya nkwa. Ɛnna mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no; na ahome no baa wɔn mu, na wɔnyinyaa nkwa, na wɔsɔre gyinagyinaa wɔn nan so, dɔm kɛseɛ pa ara. Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, nnompe yi yɛ Israel fie no nyinaa. Hwɛ, wɔka sɛ: Yɛn nnompe ho akokwa, na yɛn anidasoɔ ayera; wɔatwa yɛn korakora! Enti hyɛ nkɔm, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, merebuebue mo adamena ano na mayi mo, me man, afiri mo adamena mu, na mede mo akɔ Israel asase so, na moahunu sɛ mene AWURADE, sɛ mebuebue mo adamena ano, me man, na mema mo firi adamena no mu ba a. Na mede me honhom bɛhyɛ mo mu, na moanya nkwa, na mede mo adua mo asase so, na moahunu sɛ me, AWURADE, na maka na mayɛ, AWURADE asɛm nie. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Na wo, onipa ba, fa dua baako na twerɛ so sɛ: Yuda ne Israelfoɔ a wɔka ne ho no deɛ; na fa dua baako nso, na twerɛ so sɛ: Yosef a ɔne Efraim, ne Israel fie a wɔka ne ho no nyinaa dua. Na ka ne mmienu bɔ mu yɛ no dua koro, na ɛnyɛ baako wɔ wo nsam. Na sɛ wo man mma bisa wo sɛ: Worenkyerɛ yɛn deɛ wode yeinom reyɛ anaa? Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, merefa Yosef dua (a ɛwɔ Efraim nsam) no ne Israel mmusuakuo a wɔka ne ho no, mede wɔn aka Yuda dua no ho, na mayɛ wɔn dua koro, na wɔayɛ baako, me nsam. Na nnua a woatwerɛtwerɛ soɔ no ntena wo nsam, wɔn anim. Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, merekɔfa Israel mma afiri amanaman a wɔakɔ hɔ no mu, na maboa wɔn ano afiri mmaa nyinaa ahyia, na mede wɔn akɔ wɔn asase so, na mayɛ wɔn ɔman koro, asase no so, Israel mmepɔ no so, na ɔhene baako adi wɔn nyinaa so hene, na wɔrenyɛ aman mmienu bio, na wɔrempae wɔn mu bio nyɛ ahennie mmienu bio, na wɔremfa wɔn abosonhuhuo ne wɔn atantanneɛ ne wɔn mmaratodeɛ nyinaa ngu wɔn ho fi bio, na mɛgye wɔn nkwa, wɔn tenabea nyinaa a wɔayɛ hɔ bɔne no, na mate wɔn ho, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn. Na m’akoa Dawid bɛdi wɔn so hene, na odwanhwɛfoɔ koro adi wɔn nyinaa so, na wɔanante m’atemmudeɛ mu, na wɔahwɛ m’ahyɛdeɛ ayɛ, na wɔatena asase a mede memaa m’akoa Yakob a mo agyanom tenaa soɔ no so, wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma akɔsi daa, na m’akoa Dawid bɛyɛ wɔn ɔberempɔn akɔsi daa. Na me ne wɔn bɛpam asomdwoeɛ apam, ɛbɛyɛ wɔn daa apam, na wɔatim na mama wɔakyene, na mede me kronkronbea bɛsi wɔn mu akɔsi daa. Na me tenabea bɛsi wɔn mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso wɔayɛ me ɔman, na amanaman no ahunu sɛ mene AWURADE a mete Israel ho, berɛ a me kronkronbea si wɔn mu kɔsi daa no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, fa w’ani si Gog so, Magog asase so, Mesek ne Tubal berempɔn no, na hyɛ nkɔm tia no, na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, Gog, Mesek ne Tubal berempɔn! Na mɛgyegye wo, na mede nnarewa mawurawura w’afono mu, na mayi wo ne wo dɔm nyinaa, apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ a wɔn nyinaa hyehyɛ ntadeɛ akɛseɛ ne nkumaa na wɔn nyinaa kurakura nkrantɛ no aba; Persia, Etiopia ne Put ka wɔn ho, wɔn nyinaa wowɔ ɛkyɛm ne dadeɛ kyɛ; Gomer ne n’asafotoɔ nyinaa, Togarma fie a ɛwɔ atifi fam tɔnn ne n’asafotoɔ nyinaa; aman bebree ka wo ho. Mia na siesie wo ho, wo ne w’asafo ahodoɔ a wɔaboaboa wɔn ano aba wo nkyɛn nyinaa, na yɛ wɔn ɔhwɛfoɔ. Nna pii akyiri no, wɔbɛba abɛhwɛ wo; mfeɛ a ɛdi akyire no mu no, wobɛba asase a wɔadane ɛsofoɔ afiri nkrantɛ ano de wɔn abɛsi hɔ na wɔaboa wɔn ano afiri aman bebree mu no so, Israel mmepɔ a ɛdedaa mpan daa no so; na afei wɔayi ɔman no afiri aman no mu, na wɔn nyinaa te hɔ dwoodwoo. Na wobɛba sɛ ahum, wobɛba sɛ mununkum abɛkata asase no so, wo ne w’asafotoɔ no nyinaa ne aman pii a ɛkeka wo ho. Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Na ɛda no, nsɛm bi bɛsɔre w’akomam na woadwene adwemmɔne, na woaka sɛ: Mɛforo makɔ asase a ano da hɔ no, akɔtua wɔn a wɔwɔ hɔ komm a wɔte hɔ dwoodwoo no, wɔn nyinaa tete hɔ a wɔnni ɔfasuo, na wɔnni aponkɛseɛ ne akyire adaban, sɛ worekɔfa asadeɛ na woafom adeɛ afa, na woadane wo nsa nifa atia amamfo a afei wɔtete mu ne ɔman a wɔaboaboa ano afiri amanaman mu na wɔdanedane wɔn ho nya mmoa ne nnoɔma na wɔte asase mfimfini no. Seba ne Dedan ne Tarsis adwadifoɔ ne wɔn a wɔwɔ nkuraase no nyinaa bɛka akyerɛ wo sɛ: Asadeɛ na worebɛfa yi? Fomfa nti na woahyia w’asafo, sɛ worebɛsoa dwetɛ ne sika na woafa mmoa ne nnoɔma na woafom asadeɛ bebree yi? Enti, onipa ba, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ Gog sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛnyɛ da a me man Israel bɛtena ase dwoodwoo no na wɔbɛhunu, na wobɛfiri wo tenabea atifi fam ano nohoa tɔnn aba, wo ne aman bebree a wɔka wo ho a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ soɔ, asafo kɛseɛ ne dɔm a ɛso, na wobɛtu aba me man Israel so sɛ mununkum abɛkata asase no so. Nna a ɛdi akyire no, mede wo bɛba m’asase so, na amanaman ahu me, berɛ a meyi me kronkronyɛ adi wɔ wo ho, wɔn anim, O Gog! Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Wone deɛ mekaa ne ho asɛm tete nna no mu a menam me nkoa, Israel adiyifoɔ a wɔkaa adiyisɛm nna no mu, mfeɛ pii no so mekaa sɛ mede wo bɛba wɔn soɔ no? Na ɛda no, ɛda a Gog bɛba Israel soɔ no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, m’abufuhyeɛ bɛdɛre, na me ninkuntwe mu, m’anibereɛ gya no mu, maka sɛ: Ampa ara, ɛda no awosoɔ kɛseɛ bɛba Israel asase so, na ɛpo mu mpataa ne ewiem nnomaa bɛwoso m’anim. Wiram mmoa ne wɔn a wɔwea asase soɔ nyinaa, ne nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa, na mmepɔ bɛdwiri agu, na abotan korɔnkorɔn ahwehwe ase, na afasuo nyinaa ahwehwe ase. Na mɛfrɛ nkrantɛ atia no, me mmepɔ nyinaa so, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, wɔn nyinaa kurakura nkrantɛ, obi de bɛka ne nua; na mede owuyadeɛ ne mogya ne no bɛdi, na mɛtɔ osuo a ɛhwie na ɛsram soɔ ne asukɔtweaa, ogya ne sɔfe agu ɔno ne n’asafotoɔ ne aman bebree a wɔkeka ne ho no so; na mɛyɛ me ho kɛse na mayɛ me ho kronkron, na mama wɔahu me, amanaman bebree anim, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na wo onipa ba, hyɛ Gog ho nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, Gog, Mesek ne Tubal berempɔn! Na mɛdanedane wo na mama woatu afiri atifi fam nohoa tɔnn aba, na mede wo aba Israel mmepɔ so; na mɛbɔ wo tadua afiri wo nsa benkum mu, na mama w’agyan afiri wo nsa nifa mu atotɔ. Israel mmepɔ so na wobɛtɔ, wo ne w’asafotoɔ nyinaa ne aman a wɔka wo ho no; nnomaa a ɛdi nam, ntakraboa nyinaa ne wiram mmoa na mede wo bɛyɛ wɔn aduane. Mpaperɛ so na wobɛtɔ, na me na maka, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Na mɛsoma ogya akɔ Magog ne wɔn a wɔtete nsuano aman mu dwoodwoo no mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE. Na mɛma wɔahunu me din kronkron me man Israel mu, na meremma wɔngu me din kronkron no ho fi bio, na amanaman ahunu sɛ mene AWURADE, Israel mu kronkronni no. Hwɛ, ɛreba na wɔbɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ɛno ara ne da a maka ho asɛm no. Ɛnna Israel nkuro mufoɔ bɛfiri adi akɔto akodeɛ no mu gya ahyeɛ, akyɛm nkumaa ne akyɛm akɛseɛ, tadua ne agyan ne mporibaa ne mpea, na wɔde ayɛ nnyina asɔ mfeɛ nson; na wɔrenkɔ wiram anyina, na wɔrentwa bi mfiri kwaeɛ mu, na akodeɛ no na wɔbɛsɔ; na wɔbɛfom wɔn a wɔfomm wɔn, na wɔafom afa wɔn a wɔfomm wɔn faeɛ no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Na ɛda no, mɛma Gog baabi wɔ Israel a ɛbɛyɛ n’asieeɛ. Ɛwɔ akwantemfoɔ bonhwa a ɛwɔ ɛpo no anim fam, na ɛbɛsi akwantemfoɔ kwan, na ɛhɔ na wɔbɛsie Gog ne n’asafo yuu no nyinaa, na wɔafrɛ hɔ sɛ: Gog asafo yuu no bonhwa. Na Israel fie bɛsie wɔn sɛ wɔde redwira asase no abosome nson. Na asase no so aman no nyinaa bɛsie wɔn, na ayɛ wɔn din, da a mɛnya animuonyam no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Na wɔbɛyiyi mmarima ama wɔakyinkyini asase no so asie wɔn a wɔaka asase no soɔ no de adwira ho; abosome nson akyiri no, wɔbɛtwee ahwehwɛ sɛ funu bi nni hɔ bio. Na anantefoɔ no kyini asase no so, na wɔn mu bi hunu onipa dompe a, ɔbɛhyɛ hɔ agyiraeɛ de akɔsi sɛ asiefoɔ no bɛba abɛsie no, Gog asafo yuu bonhwa no mu. (Na kuro Hamona bi nso wɔ hɔ). Sei na wɔbɛdwira asase no. Na wo, onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ka kyerɛ nnomaa, ntakraboa nyinaa ne wiram mmoa nyinaa sɛ: Monhyia mmra, mommoa mo ano mfiri mmaa nyinaa mmra me kum afɔdeɛ a makum ama mo no ho, Israel mmepɔ so kum afɔdeɛ kɛseɛ, na mommɛdi nam na monnom mogya. Nnɔmmarima nam na mobɛdie, na asase so aberempɔn mogya na mobɛnom, adwennini, nnwanten mma ne mpapo ne anantwinini, Basan ayɛmmoa ara nko. Na mobɛdi sradeɛ amee, na moanom mogya abo, me kum afɔdeɛ a mekum maa mo no mu, na apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ, nnɔmmarima ne akofoɔ nyinaa bɛmee mo, me pono so, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Na mede m’animuonyam bɛsi amanaman nyinaa mu na wɔahunu m’atɛn a mabuo ne me nsa a mede ato wɔn soɔ; na Israel fie bɛhunu sɛ me, AWURADE, mene wɔn Nyankopɔn ɛfiri da no de rekorɔ, na amanaman bɛhunu sɛ Israel fie amumuyɛ nti na wɔtuu wɔn kɔeɛ; ɛsiane sɛ wɔyɛɛ me bɔne nti na meyii m’ani huntaa wɔn, na mede wɔn hyɛɛ wɔn ahohiahiafoɔ nsa, na wɔn nyinaa totɔɔ nkrantɛ ano. Wɔn fi ne wɔn mmaratodeɛ so na me ne wɔn diiɛ, na meyii m’ani huntaa wɔn. Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Afei mede Yakob nnommum no bɛsane aba, na mahunu Israel fie nyinaa mmɔbɔ, na matwe me din kronkron no ho ninkunu, na wɔbɛsoa wɔn ahohora ne wɔn bɔne a wɔyɛɛ me no nyinaa, berɛ a wɔte wɔn asase so dwoodwoo na obiara nni hɔ a ɔyi wɔn hu no, berɛ a makɔfa wɔn afiri aman mu asane aba, na makɔboaboa wɔn ano afiri wɔn atamfoɔ nsase so, na mayi me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu, amanaman bebree anim no. Na wɔbɛhunu sɛ mene AWURADE wɔn Nyankopɔn, sɛ memaa wɔtuu wɔn kɔɔ amanaman mu, na mekɔtasee wɔn baa wɔn asase so bio, na mannya wɔn mu biara wɔ hɔ bio. Na merenyi m’ani nhunta wɔn bio, ɛfiri sɛ mahwie me honhom agu Israel fie so, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yɛn tukorɔ afe a ɛtɔ so aduonunum no afe no ahyɛaseɛ bosome no da a ɛtɔ so du no, kuro no bɔ akyiri afe a ɛtɔ so dunan mu no, ɛda no ara no AWURADE nsa baa me so, na ɔde me baa hɔ. Nyankopɔn anisoadehunu mu na ɔde me baa Israel asase soɔ, na ɔde me kɔgyinaa bepɔ a ɛkorɔn papaapa so, na ɛso te sɛ kuro bi a wɔakyekyere no anafoɔ fam. Na ɔde me baa hɔ no, na hwɛ, ɔbarima bi a ne su te sɛ kɔbere mfrafraeɛ nie, na siwabire homa ne susuo demmire kura ne nsamu, na ɔgyina ɛpono kɛseɛ no ano. Na ɔbarima no kasa kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, fa w’ani hwɛ, na fa w’aso tie, na fa w’adwene to deɛ merema woahunu no nyinaa so. Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mɛma woahunu nti na wɔde wo baa ha. Ka deɛ wohunu yi nyinaa kyerɛ Israel fie. Na hwɛ, na ɔfasuo atwa efie no ho ahyia, na ɔbarima no kura demmire a ne tentene yɛ basafa mmiɛnsa wɔ ne nsamu, nsamu trɛ da anammɔn baako ne fa biara so, na ɔsusuu ɔfasuo no trɛ, demmire no baako, na ne korɔn nso demmire baako tentene. Ɛnna ɔbaa ɛpono kɛseɛ a ani kyerɛ apueeɛ fam kwan soɔ no ho, na ɔforoo ne ntwedeɛ no, na ɔsusuu ɛpono kɛseɛ no ano, ɛpono ase a ne trɛ yɛ demmire baako, ɛne ɛpono ase baako a ne trɛ yɛ demmire baako. Ne pia no ntam, basafa mmienu ne fa, mmienu ne fa; ne ɛpono kɛseɛ no pono ase a ɛwɔ ntwonoo a ɛkyerɛ efie no ho no, demmire baako; na ɔsusuu ɛpono kɛseɛ no ntwonoo a ɛkyerɛ efie no, demmire baako; na ɔsusuu ntwonoo no basafa nnan ne n’adum no, basafa baako, na ntwonoo no kyerɛ efie no mu. Na apueeɛ fam ponkɛseɛ no mpia no, mmiɛnsa wɔ ha na mmiɛnsa wɔ ha, ne mmiɛnsa no nyinaa nsusuiɛ yɛ baako, na ɛha ne ɛha adum no nsusuiɛ yɛ baako. Na ɔsusuu ɛpono kɛseɛ no ano trɛ basafa nnum, na ɛpono kɛseɛ no ntwemu yɛ basafa nsia ne fa. Na mpia no anim hyekwan anammɔn baako ne fa wɔ ha ne ɛha, na pia baako yɛ basafa mmiɛnsa wɔ ha ne basafa mmiɛnsa wɔ ha. Na ɔsusuu ɛpono kɛseɛ no firii pia baako atifi de kɔsii baako atifi, ne trɛ yɛ basafa dummienu ne fa, ɛpono ne ɛpono ntam. Na ɔyɛɛ adum no basafa du, na adum no ho wɔ abannwa a ɛtwa ɛpono kɛseɛ no ho hyiahyia. Na ɛfiri ɛpono kɛseɛ a wɔfa mu hyɛne mu no anim kɔsi emu fam ponkɛseɛ no ntwonoo anim yɛ basafa aduonu nnum. Na mpomma aniahunuankansa wowɔ mpia no ne n’adum no ho, kɔ ponkɛseɛ no mu fam, de twa ho hyiahyia, ne ntam fasuo no ho saa ara, na mpomma wɔ mu hyia, na mmɛ wowɔ adum no ho. Ɛnna ɔde me kɔɔ abannwa a ɛwɔ akyire no soɔ, na hwɛ, na adammoa wowɔ hɔ, ne aboɔ nsɛeɛ a wɔayɛ no abannwa so hɔ atwa ahyia. Adammoa aduasa na na ɛwɔ aboɔ nsɛeɛ no ho. Na aboɔ nsɛeɛ no wɔ aponkɛseɛ no nkyɛn mu ma no ne aponkɛseɛ no ntwemu sɛ; ɛne aboɔ nsɛeɛ no. Na ɔsusuu akyire abannwa no, ne trɛ firi ɛpono kɛseɛ no anim de kɔsi emu fam abannwa no anim, basafa aduonum, apueeɛ fam ne atifi fam. Na ɛpokɛseɛ a ani hwɛ atifi fam, ɛho fam abannwa no ho no, ɔsusuu ne ntwemu ne ne trɛ ne ne mpia, mmiɛnsa wɔ ha na mmiɛnsa wɔ ha, ne n’adum ne ne ntam fasuo. Ne nsusuiɛ te sɛ akane ponkɛseɛ no deɛ no, ne tentene yɛ basafa aduonu nnum, na ne ntwemu basafa dummienu ne fa. Na ne mpomma ne ntam afasuo, ne mmɛ no nsusuiɛ te sɛ ɛpono kɛseɛ a ani hwɛ apueeɛ fam no deɛ no. Na ntwedeɛ nson na wɔforo kɔ mu, na ne ntam fasuo no sisi anim. Na emu fam abannwa no ponkɛseɛ si ɛpono kɛseɛ a ɛhwɛ atifi fam, ne deɛ ɛhwɛ apueeɛ fam no ntentensoɔ, na ɔsusu firii ɛpono kɛseɛ ano kɔsii ɛpono kɛseɛ ano, basafa aduonum. Ɛnna ɔde me kɔɔ anafoɔ fam, na hwɛ, na ɛpono kɛseɛ wɔ anafoɔ fam nso, na ɔsusuu n’adum ne ne ntam fasuo sɛdeɛ saa nsusuiɛ no teɛ; na mpomma twa ɛno ne ne ntam fasuo ho hyia sɛdeɛ saa mpomma no teɛ; ne ntwemu yɛ basafa aduonu nnum, na ne trɛ yɛ basafa dummienu ne fa, na n’aforoeɛ yɛ ntwedeɛ nson, na ne ntam fasuo sisi anim, na mmɛ wowɔ ho, baako wɔ ha na baako wɔ ha, n’adum ho. Na abannwa a ɛwɔ mu no ponkɛseɛ wɔ anafoɔ fam, na ɔsusu firii ɛpono kɛseɛ ano de kɔsii ɛpono kɛseɛ ano, anafoɔ fam, basafa aduonum. Ɛnna ɔde me faa anafoɔ fam ponkɛseɛ no mu kɔɔ abannwa a ɛwɔ mu no soɔ; na ɔsusuu anafoɔ fam ponkɛseɛ no, sɛdeɛ saa nsusuiɛ no teɛ; ne ne mpia ne n’adum ne ne ntam fasuo, sɛdeɛ saa nsusuiɛ no teɛ, na mpomma wowɔ ho ne ne ntam fasuo ho hyia; ne ntwemu yɛ basafa aduonu nnum, na ne trɛ yɛ basafa dummienu ne fa. Na ntam fasuo twa ho hyia, ne ntwemu yɛ basafa dummienu ne fa, na ne trɛ basafa mmienu ne fa. Na ne ntam fasuo no hwɛ ɛho fam abannwa so, na mmɛ wowɔ n’adum ho, na aforoeɛ no yɛ ntwedeɛ nwɔtwe. Ɛnna ɔde me kɔɔ abannwa a ɛwɔ mu no soɔ apueeɛ fam. Na ɔsusuu ɛpokɛseɛ no sɛdeɛ saa nsusuiɛ no teɛ, na ne mpia ne n’adum ne ne ntam fasuo te sɛdeɛ saa nsusuiɛ no teɛ, na mpomma twa ɛno ne ne ntam fasuo ho hyia, ne ntwemu yɛ basafa aduonu nnum, na ne trɛ yɛ basafa dummienu ne fa. Na ne ntam fasuo no hwɛ ɛho fam abannwa so, na mmɛ wowɔ n’adum ho ɛha ne ɛha, na n’aforoeɛ yɛ ntwedeɛ nwɔtwe. Ɛnna ɔde me kɔɔ atifi fam ponkɛseɛ no ano, na ɔsusuu sɛdeɛ saa nsusuiɛ no teɛ, ne mpia, n’adum ne ne ntam fasuo; na mpomma twa ho hyia; ne ntwemu yɛ basafa aduonu nnum, na ne trɛ yɛ basafa dummienu ne fa; na ne ntam fasuo hwɛ ɛho fam abannwa so, na mmɛ wowɔ n’adum ho, ɛha ne ɛha, na n’aforoeɛ yɛ ntwedeɛ nwɔtwe. Na dammoa ne ano pono wɔ ponkɛseɛ no adum no ho, ɛhɔ na wɔhohoro ɔhyeɛ afɔdeɛ ho. Na ɛpono kɛseɛ no ntwonoo no mu no, apono mmienu sisi ha, na mmienu nso sisi ha, na ɛho na wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie afɔdeɛ. Na ntwonoo no akyi nkyɛn mu, a ɛda deɛ wɔreforo kɔ ɛpono kɛseɛ no ano no atifi fam hɔ, apono mmienu sisi hɔ, na ɛpono kɛseɛ no ntwonoo no nkyɛn mu ha nso, apono mmienu nso sisi hɔ. Apono nnan wɔ ɔfa ha, na apono nnan nso wɔ ɔfa ha, ɛpono kɛseɛ no nkyɛn mu, apono nwɔtwe ho na wɔkum mmoa. Na apono nnan sisi aforoeɛ no ho, ɛyɛ aboɔ a wɔasene. Ne ntwemu yɛ anammɔn mmienu ne fa, ne trɛ yɛ anammɔn ne fa, ne korɔn yɛ anammɔn baako ne fa; ɛso na wɔde adeɛ a wɔde kum ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ no guo; na nkɔtɔkorɔ nta a ɛyɛ nsamu trɛ hyehyɛ ɛdan no mu hyia; na apono no so na wɔde ayɛyɛdeɛ nam no guo. Na ponkɛseɛ a ɛwɔ mu no akyi na na adammoa mmienu wowɔ, abannwa a ɛwɔ mu no so, baako si atifi fam ponkɛseɛ no nkyɛn mu, na anim hwɛ anafoɔ fam, baako nso si anafoɔ fam ponkɛseɛ no nkyɛn mu, na anim hwɛ atifi fam. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Dammoa a ani hwɛ anafoɔ fam yi yɛ asɔfoɔ a wɔhwɛ efie no soɔ no dea, na dammoa a ani hwɛ atifi fam no yɛ asɔfoɔ a wɔhwɛ afɔrebukyia no soɔ no dea. Wɔne Sadok mma a wɔfiri Lewifoɔ no mu, a wɔbɛn AWURADE, bɛsom no no. Na ɔsusuu abannwa no ntwemu, basafa aduonum, ne ne trɛ, basafa aduonum, ɛyɛ ahinanan; na afɔrebukyia si ɛdan no anim. Ɛnna ɔde me kɔɔ ɛdan no ntwonoo mu, na ɔsusuu ntwonoo no adum no, basafa mmienu ne fa wɔ ha, na basafa mmienu ne fa wɔ ha; ne ɛpono kɛseɛ no trɛ basafa baako ne fa wɔ ha ne basafa baako ne fa wɔ ha. Ntwonoo no ntwemu yɛ basafa du, na ne trɛ yɛ basafa nnum ne fa, ntwedeɛ a wɔforo kɔ mu no so; na adum sisi ntwonoo adum no anim, baako wɔ ha na baako wɔ ha.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna ɔde me kɔɔ asɔredan no mu, na ɔsusuu adum no basafa mmiɛnsa trɛ wɔ ha ne basafa mmiɛnsa trɛ wɔ ha, ɛne ntomadan no trɛ. Na ano kwan trɛ yɛ basafa nnum, na ano kwan no nkyɛnnkyɛn yɛ basafa mmienu ne fa wɔ ha na basafa mmienu ne fa wɔ ha; na ɔsusuu ne ntwemu, basafa aduonu ne ne trɛ, basafa du. Ɛnna ɔkɔɔ dan no mu kɔsusuu ɛpono ano adum no, basafa baako, ne ɛpono no, basafa mmiɛnsa, na ɛpono no trɛ yɛ basafa mmiɛnsa ne fa; na ɔsusuu ne ntwemu basafa du ne ne trɛ basafa du, asɔredan no anim; na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛha ne kronkron mu kronkronbea. Ɛnna ɔsusuu ɛdan no fasuo, basafa mmiɛnsa, ne ɛho mpia no trɛ, basafa mmienu de twaa ɛdan no nyinaa ho hyiaeɛ. Na nkyɛn mu mpia no, pia si pia so ahodoɔ mmiɛnsa, saa ahodoɔ aduasa, na ɛkɔ ɔfasuo a ɛwɔ ɛdan no ho ma mpia no so, twa ho hyia, ɛma no sosɔ mu, nanso ɛnsosɔ ɛdan no fasuo mu; na mpia no rekɔ soro hyia no, na emu retrɛ, na ɛdan no ho mpia no kɔ soro ara twa ɛdan no ho hyia, enti emu trɛe wɔ ɛdan no ho wɔ soro, na ɛde saa firi aseɛ deɛ no mu fa mfimfini deɛ no mu kɔ soro deɛ no mu. Na mehunuu ɛdan no ho bamma a ɛtwa ho hyia a ɛne nkyɛn mu mpia no nnyinasoɔ, ne hini korɔn duru basafa mmiɛnsa ɛne demmire no pɛ. Nkyɛnmu mpia no akyiri fasuo no trɛ yɛ basafa mmienu ne fa, na deɛ wɔgyaa no ɛdan no ho nkyɛn mu mpia no ho no nso saa ara. Na adammoa no ntam trɛ yɛ basafa du de twa ɛdan no ho hyia twan. Na nkyɛn mu mpia no apono ano kwan kɔ deɛ wɔgyaeɛ no so, ɛpono ano baako hwɛ atifi fam, na ɛpono ano baako hwɛ anafoɔ fam, na ɛkwan a wɔgyaeɛ no trɛ yɛ basafa mmienu ne fa twa ho hyia. Na ɛdan a ɛsi efie no akyiri adihɔ, atɔeɛ fam no trɛ yɛ basafa aduasa nnum, na ɛdan no fasuo trɛ yɛ basafa mmienu ne fa de twa ho hyia, na ne ntwemu yɛ basafa aduanan nnum. Na ɔsusuu ɛdan no ntwemu, ɛyɛ basafa aduonum, ne afikyire adihɔ ne ɛhɔ dan no ne n’afasuo ntwemu, basafa aduonum; na ɛdan no anim trɛ ne n’adihɔ no deɛ, apueeɛ fam, yɛ basafa aduonum. Saa na ɔsusuu ɛdan a ɛsi n’adihɔ no anim a ɛkɔduruu n’akyi ne ɛho mmrannaa a ɛwɔ ho ntwemu, basafa aduonum, ne asɔredan no mu abannwa no ntwonoo. Apono ase ne mpomma aniahunuankansa ne mmrannaa a ɛtwa ne mmiɛnsa no ho hyia no, aponnwa a wɔde dua adura ho ahyia no, ne fam de kɔka mpomma no ho no, ne (mpomma a wɔakatakata ho no), apono ano atifi hɔnom, ɛdan no mu fam ne akyire fam ne afasuo no nyinaa twan, emu fam ne ɛho fam, ne nyinaa wɔ ne nsusuiɛ. Na wɔayeyɛ kerubim ne mmɛ, na abɛ wɔ kerub ntam, na kerub wɔ anim mmienu; na onipa anim hwɛ abɛ wɔ fa ha, na gyata anim hwɛ abɛ wɔ fa ha; wɔyɛɛ no ɛdan no mu nyinaa hyiae. Ɛfiri fam kɔsi pono no atifi na wɔayeyɛ kerubim ne mmɛ no asɔredan no fasuo ho. Asɔredan no wɔ aponnwa ahinanan, na kronkronbea no anim deɛ te saa ara. Afɔrebukyia no yɛ dua, ne korɔn yɛ basafa baako ne fa, na ne ntwemu yɛ basafa baako, na ne ntweaso ne ne nnyinasoɔ ne n’afasuo yɛ dua. Na ɔka kyerɛ me sɛ: Yei ne ɛpono a ɛsi AWURADE anim. Na asɔredan no asa ne pia kronkron no wɔ apono mmienu. Na apono no yɛ ntanta, apono mmukamu mmienu mmienu. Mmienu yɛ ɛpono baako deɛ, na ɛpono mmienu yɛ baako deɛ. Na wɔayɛ asɔredan ano apono no so kerubim ne mmɛ, sɛdeɛ wɔyɛɛ no afasuo no ho no. Na dua ntiasoɔ wɔ ntwonoo no anim adihɔ fam. Na mpomma aniahunuankansa ne mmɛ wɔ ɔfa ha ne fa ha, ntwonoo no nkyɛn mu ne ɛdan no nkyɛn mu mpia ne nkatasoɔ mpuna no ho.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna ɔde me firii adi faa atifi fam kwan so kɔɔ ɛho fam abannwa no soɔ, na ɔde me kɔɔ dammoa a ɛda adihɔ ne ɛhɔ dan no ntentensoɔ a ɛhwɛ atifi fam no ho, ne ntwemu no, ɛyɛ basafa aduonum, ɛpono ano wɔ atifi fam, na ne trɛ yɛ basafa aduonu nnum; ɛda abannwa a ɛwɔ fie no ntentensoɔ, ɛyɛ basafa du; abrannaa hwɛ abrannaa anim, nsamsoɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa mu, na adammoa no anim na ɔkwan a ne trɛ yɛ basafa nnum wɔ fie afa mu, ɛkɔ basafa aduonum kwan a ɛwɔ mu no so; na apono no ano hwɛ atifi fam. Na soro dammoa no yɛ ntiantia, ɛfiri sɛ mmrannaa no afa fa, na ɛntrɛ sɛ ɛdan no mfimfini no ase deɛ no, ɛfiri sɛ ɛyɛ aborɔsansa, na ɛnni adum sɛ mmannwa no adum no. Ne saa nti na wɔadwom afiri aseɛ deɛ ne mfimfini deɛ no so, firi fam. Na aboɔ ban a ɛwɔ adihɔ fam siane dammoa no, ɛho fam abannwa no mu hwɛ dammoa no anim, ne ntwemu basafa aduonu nnum, na adammoa a ɛhwɛ ɛho fam abannwa no ntwemu yɛ basafa aduonu nnum, na hwɛ, asɔredan no anim deɛ na ɛyɛ basafa aduonum; na adammoa yi pue aboɔ ban no so; ɔkwan a obi firi ɛho fam abannwa no so reba mu a ɔfa soɔ no da apueeɛ fam. Abannwa no fasuo trɛ a ɛhwɛ apueeɛ fam no, atuntunatoɔ ne ɛhɔ dan ntentensoɔ mu na adammoa wɔ, na ɔkwan da anim. Ɛte sɛ adammoa a ɛwɔ atifi fam no, ne ntwemu ne ne trɛ saa ara ne n’adifire akwan nyinaa ne ne nsiesieeɛ; na sɛdeɛ n’apono ano teɛ no, saa ara nso na adammoa a ɛwɔ anafoɔ fam no teteɛ, ɛpono ano wɔ ɔkwan no ti, ɛne ɔkwan a ɛda ɛho aban no anim, ɔkwan a wɔfiri apueeɛ fam nam so ba mu no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Atifi fam adammoa ne anafoɔ fam adammoa a ɛsisi adihɔ no anim no ne adammoa kronkron a asɔfoɔ a wɔbɛn AWURADE no bɛdi akronkronneɛ mu akronkronneɛ no; ɛhɔ na wɔmfa akronkronneɛ mu akronkronneɛ nguguo, aduane afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie ho afɔdeɛ no, na ɛhɔ yɛ kronkron. Asɔfoɔ no hyɛne mu a, wɔmmfiri kronkronbea hɔ mmfiri adi nnkɔ ɛho fam abannwa no so, na emu hɔ na wɔmfa wɔn ntadeɛ a wɔde som nguo, na ɛyɛ kronkron. Wɔnhyehyɛ ntadeɛ foforɔ ansa na wɔabɛn deɛ ɛyɛ ɔman no deɛ ho. Na ɔwiee dan a ɛwɔ mu no susuo no, ɔde me firii adi faa ɛpono kɛseɛ a ani hwɛ apueeɛ fam no kwan so, na ɔsusu hyiaa twan, ɔde susuo demmire no susuu apueeɛ fam deɛ no basafa ahanu aduonum, susuo demmire no so de twa hyiae. Ɔsusuu atifi fam deɛ no basafa ahanu aduonum, susuo demmire no so, de twa hyiae. Ɔsusuu anafoɔ fam deɛ no basafa ahanu aduonum, susuo demmire no so; ɔdane kɔɔ atɔeɛ fam kɔsusuu basafa ahanu aduonum, susuo demmire no so. Afa nnan no so na ɔsusuu no. Ɔfasuo twa ho hyia twan; ne ntwemu yɛ basafa ahanu aduonum ne ne trɛ yɛ basafa ahanu aduonum, sɛ ɛntwa kronkronbea ne anihumafoɔ deɛ ntam.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna ɔde me baa ɛpono kɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ kwan soɔ no ano. Na hwɛ, Israel Nyankopɔn animuonyam refiri apueeɛ kwan so reba, na ne nne te sɛ nsuo bebree nne, na n’animuonyam maa asase harann. Na adeɛ a mehunuiɛ no su te sɛ adeɛ a mehunuiɛ berɛ a ɔba bɛsɛee kuro no; na ɛyɛ anisoadehunu a ɛte sɛ adeɛ a mehunuu no Asuo Kebar ho no; na mede m’anim butuu fam. Na AWURADE animuonyam no baa efie hɔ ɛpono kɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ fam no kwan so. Na honhom no maa me so de me baa abannwa a ɛwɔ mu no so, na hwɛ, AWURADE animuonyam no ayɛ efie no ma. Na metee sɛ obi firi efie no mu ne me rekasa, na ɔbarima bi gyina me nkyɛn. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, m’ahennwa sibea ne m’anammɔn agyinaeɛ a mɛtena hɔ, Israelfoɔ mu akɔsi daa nie. Na Israel fie rengu me din kronkron ho fi bio, sɛdeɛ wɔn ne wɔn ahemfo de wɔn adwamammɔ ne wɔn ahemfo afunu yɛeɛ no, wɔn sorɔnsorɔmmea so, sɛ wɔde wɔn apono ase too m’apono ase ho na wɔde wɔn aponnwa nkyɛn mu sii m’aponnwa nkyɛn mu ho, maa ɔfasuo nko sii me ne wɔn ntam no, na wɔde wɔn akyiwadeɛ a wɔyɛ guu me din kronkron no ho fi maa mehyee wɔn m’abufuo mu no. Afei deɛ, wɔnyi wɔn adwamammɔ no wɔn ahemfo afunu no mfiri me nkyɛn nkɔ akyirikyiri, na mɛtena wɔn mu akɔsi daa. Wo, onipa ba, fa asɔrefie yi kyerɛ Israel fie, na wɔn anim ngu ase, wɔn amumuyɛ ho, na ma wɔnsusu susudeɛ no. Na sɛ wɔn anim gu ase deɛ wɔayɛ nyinaa ho a, kyerɛ wɔn asɔrefie no suban ne ne nsiesieeɛ, ne n’adifire ne ne muba, ne ne su nyinaa ne n’ahyɛdeɛ nyinaa, ne ne ban nyinaa ne ɛho mmara nyinaa, na twerɛ no wɔn anim, na wɔnhwɛ ne su no nyinaa ne ɛho ahyɛdeɛ nyinaa, na wɔnni so. Yei ne asɔrefie no ho mmara: Bepɔ no atifi ne ɛhyeɛ a ɛtwa ho hyia twan nyinaa nyɛ akronkronneɛ mu kronkron. Hwɛ, efie no ho mmara nie. Na yeinom ne afɔrebukyia no nsusuiɛ, (basafa baako yɛ basafa ne nsa mu trɛ soɔ), ne nnyinasoɔ yɛ anammɔn ne fa, na ne trɛ yɛ anammɔn baako ne fa, na anoano hini a ɛtwa ho hyia yɛ nsaama baako; na yei ne afɔrebukyia no ase. Na ɛfiri fam nnyinasoɔ no so de kɔsi aseɛ faferɛ no so yɛ basafa baako, na ne trɛ yɛ anammɔn baako ne fa, na ɛfiri faferɛ kumaa no so kɔsi faferɛ kɛseɛ no soɔ yɛ basafa mmienu, na ne trɛ yɛ anammɔn baako ne fa. Na afɔrebukyia no yɛ basafa mmienu, na ɛfiri afɔrebukyia no so de kɔ soro wɔ mmɛn nnan. Na afɔrebukyia no ntwemu yɛ basafa nsia, na ne trɛ nsia, n’afa nnan, ɛyɛ ahinanan. Na faferɛ no ntwemu yɛ basafa nson, na n’afa nnan ne trɛ yɛ nson, na ano a ɛtwa ho hyia no yɛ bɛyɛ anammɔn baako, na ne nnyinasoɔ anammɔn baako ne fa twa ho hyia; na n’aforoeɛ hwɛ apueeɛ. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yeinom ne afɔrebukyia no ho ahyɛdeɛ, da a wɔbɛyɛ no sɛ wɔmmɔ so hyeɛ afɔdeɛ na wɔmpete so mogya no; Asɔfoɔ, Lewifoɔ a wɔfiri Sadok asefoɔ mu a wɔbɛba abɛbɛn me sɛ wɔrebɛsom me no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ma wɔn nantwiburuwa na wɔmfa mmɔ bɔne ho afɔdeɛ, na fa ne mogya no bi keka ne mmɛn nnan ne faferɛ no ahinanan ne anoano a ɛtwa ho hyia, fa yi ɛho bɔne na pata ma no. Na fa bɔne ho afɔdeɛ nantwinini no, na hye no, asɔrefie no baabi a wɔayi ato hɔ, kronkronbea adihɔ fam no. Na ɛda a ɛtɔ so mmienu no, fa ɔpapo a ɔnni dɛm bra bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ, na wɔmfa nyi afɔrebukyia no ho bɔne, sɛdeɛ wɔde nantwinini no yiiɛ no. Sɛ wowie bɔne no yi a, fa nantwiburuwa a ɔnni dɛm ne nnwankuo mu adwennini a ɔnni dɛm bra, na fa wɔn bra AWURADE anim, na asɔfoɔ no mfa nkyene ngu wɔn so, na wɔmfa wɔn mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma AWURADE. Nnanson na fa ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ daa, na nantwiburuwa ne nnwankuo mu dwennini a ɛdɛm biara nni wɔn ho nso na wɔmfa mmɔ. Nnanson na wɔmfa mpata mma afɔrebukyia no, na wɔnnwira ho na wɔmfa nhyɛ nsa. Na wɔwie nna no a, da a ɛtɔ so nwɔtwe de rekorɔ no, asɔfoɔ no mmɔ mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo asomdwoeɛ afɔdeɛ, afɔrebukyia no so, na m’ani bɛsɔ mo, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna ɔde me faa kronkronbea no anim ponkɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ no kwan soɔ, na ɛno deɛ, na wɔato mu. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ɛpono kɛseɛ yi, wɔato mu ara, wɔrenhini, na obi remfa mu mma mu, ɛfiri sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn afa mu aba mu nti, wɔato mu ara. Ɔberempɔn no nko, ɔberempɔn a ɔyɛ nti na ɔbɛtena mu adidie, AWURADE anim. Ɔbɛfa ɛpono kɛseɛ no ntwonoo kwan so ahyɛne mu, na wafa ɔkwan no so afiri adi. Ɛnna ɔde me faa atifi fam ponkɛseɛ no kwan so de me baa asɔredan no anim, na mehwɛe, na hwɛ, na AWURADE animuonyam no ahyɛ AWURADE dan no ma, na mehwee fam de m’anim butui. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, fa w’ani hwɛ, na fa w’aso tie deɛ merebɛka akyerɛ woɔ, AWURADE fie ahyɛdeɛ nyinaa ne ne mmara nyinaa ho no nyinaa, na hwɛ no yie na wɔn a ɛfata sɛ wɔba asɔrefie no aba, na wɔn a wɔmfata no, moapam wɔn. Na ka kyerɛ atuatefoɔ, Israel fie no, sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Israel fie, mo akyiwadeɛ no nyinaa, momma no nnɔɔso mma mo, sɛ mode ananafoɔ mma, akoma mu momonotofoɔ ne honam mu momonotofoɔ baeɛ, sɛ wɔmmɛtena me kronkronbea ngu me fie ho fi, sɛ mode m’aduane, sradeɛ ne mogya baeɛ, na wɔsɛee m’apam, mo akyiwadeɛ nyinaa soɔ, nanso moanyɛ m’akronkronneɛ no ho adwuma no, na mmom mode mo ara mo nnipa asisi me kronkronbea hɔ adwuma no soɔ. Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɔnanani biara a ɔyɛ akoma mu momonotoni ne honam mu momonotoni nnhyɛne me kronkronbea, ananafoɔ a ɛwɔ Israelfoɔ mu nyinaa mu, na mpo Lewifoɔ a wɔafiri me ho kɔ akyirikyirie, Israel fom a wɔfomm firii me nkyɛn kɔdii wɔn abosom akyire no mu no, wɔn mpo wɔbɛsoa wɔn amumuyɛ; na wɔbɛyɛ me kronkronbea asomfo ayɛ asɔrefie no apono ano ahwɛfoɔ, na wɔasom asɔrefie no mu. Wɔn na wɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɔkum afɔdeɛ ama ɔman no, na wɔn ara na wɔbɛgyina wɔn anim asom wɔn. Ɛsiane sɛ wɔasom wɔn, wɔn abosom anim na wɔadanedane Israel fie amumuyɛ suntidua nti, mama me nsa so atia wɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, sɛ wɔnsoa wɔn amumuyɛ; na wɔntwe mmpini me mmmɛyɛ asɔfodwuma mmma me, na wɔmmmɛn m’akronkronneɛ no biara mmma m’akronkronneɛ mu akronkronneɛ ho, na wɔnsoa wɔn ahohora ne wɔn akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ no. Nanso mede asɔrefie no ho adwuma no bɛhyɛ wɔn nsa, ɛho som ne adeɛ biara a wɔyɛ wɔ mu no nyinaa mu. Na asɔfoɔ Lewifoɔ, Sadok mma a wɔyɛ kronkronbea hɔ adwuma, berɛ a Israelfoɔ firii me nkyɛn kɔfomm kwan no, wɔn deɛ, wɔbɛbɛn me, asom me, na wɔagyina m’anim de sradeɛ ne mogya abrɛ me, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, wɔn na wɔbɛhyɛne me kronkronbea hɔ, na wɔn na wɔbɛbɛn me pono ho abɛsom me, na wɔayɛ me som adwuma no. Na sɛ wɔreba aponkɛseɛ a ɛwɔ abannwa a ɛwɔ mu no ho a, wɔnhyehyɛ nwera ntadeɛ, na kuntutam biara nnka wɔn ho berɛ a wɔresom emu fam abannwa no, aponkɛseɛ no mu ne efie no mu. Wɔmfa nwera ahyehyɛdeɛ mmobɔ wɔn ti, a nwera pieto nhyehyɛ wɔn; wɔmmfa biribiara a ɛbɛma wɔafiri fifire mmmɔ abɔsoɔ. Na wɔrefiri adi afiri abannwa no so akɔ ɔman no nkyɛn a, wɔnyiyi ntadeɛ a wɔhyɛ de someɛ no, mfa ngu kronkronbea adammoa no mu, na wɔnhyehyɛ ntadeɛ afoforɔ, na wɔamfa wɔn ntadeɛ kronkronyɛ no ankɔ nkurɔfoɔ no mu. Na wɔnnyiyi wɔn ti, nso wɔnnsi atimum, bubuo nko na wɔmmubu wɔn tiri soɔ. Na bobesa nso ɔsɔfoɔ biara nnnom berɛ a wɔrehyɛne abannwa a ɛwɔ mu no soɔ. Nanso wɔmmfa okunafoɔ ne deɛ wɔako no nnware, na mmom wɔmfa Israel fie asefoɔ mu mmammaa, anaa okunafoɔ a ɔyɛ ɔsɔfoɔ bi kunafoɔ. Na wɔnkyerɛ me man akronkronneɛ ne deɛ abuo so ntam nsonsonoeɛ, na wɔmma wɔnhunu deɛ ɛho wɔ fi ne deɛ ɛho teɛ ntam nsonsonoeɛ. Na akameakamesɛm nso, wɔn ara na wɔnnyina hɔ mmu ho atɛn, m’atemmudeɛ so na wɔmmu atɛn, na wɔnhwɛ me mmara ahodoɔ ne m’ahyɛdeɛ, m’afahyɛ nyinaa mu, na wɔnyɛ me home nna kronkron. Na wɔnnkɔ funu bi ho nnkɔgu wɔn ho fi, gye agya ne ɛna ne ɔbabanin ne ɔbabaa ne onuabarima ne onuabaa a ɔnnya nyɛɛ ɔbarima deɛ ho na wɔwɔ ho kwan sɛ wɔma wɔn ho kum. Na ɔdwira ne ho wie a, wɔnkan nnanson mma no, na ɛda a ɔrehyɛne kronkronbea akɔ emu fam abannwa so akɔsom kronkronbea no, ɔmfa ne bɔne ho afɔdeɛ mmra, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Na deɛ ɛbɛyɛ wɔn agyapadeɛ deɛ, mene wɔn agyapadeɛ, na mommma wɔn kyɛfa bi wɔ Israel mu, mene wɔn kyɛfa. Aduane afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie ho afɔdeɛ no, wɔn ara na wɔnnie, na Israel mu ahyiradeɛ nyinaa nyɛ wɔn deɛ. Na nnoɔma nyinaa mu aba a ɛdi kan mfitiaseɛ no, ne nnoɔma nyinaa mu mmasoɔ afɔrebɔdeɛ a moma soɔ nyinaa no, ɛnyɛ asɔfoɔ no dea; na mo mmɔre mu deɛ ɛdi kan no, momfa mma ɔsɔfoɔ, na nhyira mmra mo fie. Abɔfono biara ne deɛ wɔatete ne mu, nnomaa ne mmoa mu no, asɔfoɔ nnni.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na sɛ moretwe asase no so ntonto de akyɛ agyapadeɛ a, monyi so mmasoɔ afɔrebɔdeɛ asase no mu akronkronneɛ mma AWURADE; ne ntwemu nyɛ susuo basafa mpem dummienu ne ahanum, na ne trɛ yɛ mpem du; wɔbɛfrɛ no asase kronkron n’ahyeɛ nyinaa mu. Yei mu basafa ahanu aduonum a ɛyɛ ahinanan hyia no nyɛ kronkronbea no deɛ, na basafa aduonu nnum nyɛ ne mmoa adidibea nsase ntwa ho nhyia. Na asase a moasusuo no ara mu, susu ntwemu basafa mpem dummienu ne ahanum, na ne trɛ yɛ mpem du, na yei mu na kronkronbea no, akronkronneɛ mu kronkron no ntena. Asase no mu akronkronneɛ ne no, ɛnyɛ asɔfoɔ a wɔsom kronkronbea a wɔpinkyɛ bɛsom AWURADE no deɛ, na ɛnyɛ wɔn adan sisibea ne kronkronbea ho kronkronbea. Na ntwemu basafa mpem dummienu ne ahanum no no, ne trɛ mu yɛ mpem nnum no nyɛ Lewifoɔ a wɔyɛ asɔrefie no mu asomfo deɛ, na ɛnyɛ wɔn kyɛfa, nkuro a wɔbɛtena mu. Nanso monyi kuro no kyɛfa a ne trɛ yɛ basafa mpem mmienu ne ahanum na ne ntwemu yɛ basafa mpem dummienu ne ahanum, kronkronbea mmasoɔ afɔrebɔdeɛ no ho, ɛnyɛ Israel fie nyinaa dea. Na ɔberempɔn no deɛ no nna kronkronbea no mmasoɔ afɔrebɔdeɛ ne kuro no kyɛfa no nkyɛn mu ɛha ne ɛha, kronkronbea no mmasoɔ afɔrebɔdeɛ ne kuro no kyɛfa no anim, atɔeɛ fam, de rekɔ apueeɛ, ntwemu ne mmusuakuo no kyɛfa no mmaako mmaako deɛ no nsɛ, ɛmfiri atɔeɛ hyeɛ so nkɔ apueeɛ hyeɛ so; asase no na ɛnyɛ ne kyɛfa Israel mu, na m’aberempɔn anhyɛ me man so bio; na wɔmfa asase no mma Israel fie sɛdeɛ wɔn mmusuakuo no teɛ. Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Momma no nnɔɔso mma mo, Israel aberempɔn, monnyae amimdie ne nhyɛsoɔ, na monyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ, monnyae sɛ monam ɔhyɛ so gye nsase firi me nkurɔfoɔ hɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Monnya nsania pa ne efa pa ne bat pa. Efa ne bat nsusuiɛ nyɛ baako, na efa nso nyɛ homer nkyɛmu du mu baako. Ne nsusuiɛ nyɛ sɛ homer baako. Na dwetɛbena nyɛ gera aduonu. Nnwetɛbena aduonu, nnwetɛbena aduonu nnum ne nnwetɛbena dunum nyɛ mo mina. Yei ne mmasoɔ afɔrebɔdeɛ a momma soɔ; Ayuo homer mu efa nkyɛmu nsia mu baako ne atokoɔ homer mu efa nkyɛmu nsia mu baako. Na ngo ho ahyɛdeɛ nie: Ngo bat no, bat nkyɛmu du mu baako na momma mfiri susukoraa a ɛne homer a ɛdi bat du no mu; na bat du na ɛyɛ homer; na odwan baako a ɔfiri nnwankuo mu, nnwan ahanu a ɛwɔ Israel adidibea a ɛhɔ afɔ no mu, na ɛnyɛ aduane afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ, na wɔmfa mpata mma wɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Asase no so nnipa nyinaa mfa mmasoɔ afɔrebɔdeɛ yi mma Israel mu berempɔn no. Na ɛyɛ ɔberempɔn no asɛdeɛ sɛ ɔmma ɔhyeɛ afɔdeɛ, aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, nnapɔnna ne abosome foforɔ ne home nna wɔ Israel fie afahyɛ a wɔhyehyɛ nyinaa mu, ɔno ara na ɔmma bɔne ho afɔdeɛ, ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ a wɔde pata ma Israel fie no. Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Bosome a ɛdi kan no, da a ɛdi kan no, fa nantwiburuwa a ɔnni dɛm yi kronkronbea no ho bɔne. Na ɔsɔfoɔ no mfa bɔne ho afɔdeɛ mogya no bi nkeka asɔrefie no aponnwa ne afɔrebukyia no faferɛ no ntweaso nnan ne abannwa a ɛwɔ mu no ponkɛseɛ no aponnwa ho. Na bosome no da a ɛtɔ so nson no, yɛ saa ara, ma deɛ wafom anibiannasoɔ ne ne ntetekwaasɛm soɔ no nti, na momfa mpata mma efie no. Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan no monni Twam Afahyɛ no. Monnni paanoo a ɛntuiɛ nnanson. Na ɔberempɔn no mfa nantwinini bi, da no ara, mmɔ ɔno ara ne asase no so man nyinaa ho bɔne afɔdeɛ. Na afahyɛ nnanson no nyinaa, ɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma AWURADE, anantwinini nson ne adwennini nson a ɛdɛm nni wɔn ho, nna nson no mu da biara, ne bɔne ho afɔdeɛ nso, ɔpapo baako; na ɔmma aduane afɔdeɛ nso, nantwie baako ne aduane efa baako, ne odwennini baako ne aduane efa baako, na ngo susutoa baako nka aduane efa baako ho. Bosome a ɛtɔ so nson da a ɛtɔ so dunum no, afahyɛ no mu no, ɔnyɛ sei ara nnanson, sɛ bɔne ho afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne ngo nso deɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Abannwa ponkɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ no, wɔnto mu adwumayɛ nna nsia no nyinaa, na homeda no deɛ, wɔnhini, na bosome foforɔ da no nso, wɔnhini. Na ɔberempɔn no mfiri akyire, mfa ntwonoo kwan pono so mmɛgyina ɛpono kɛseɛ no aponnwa ho; na asɔfoɔ no mmɔ ne hyeɛ afɔdeɛ ne n’asomdwoeɛ afɔdeɛ, na ɔnkoto nsɔre, ɛpono kɛseɛ no aponnwa ho, na ɔmfiri adi, na ɛpono kɛseɛ no deɛ, wɔnnto mu kɔsi anwummerɛ. Na asase no so nnipa no nso nkoto nsɔre ɛpono kɛseɛ no ano, home nna ne abosome foforɔ mu, AWURADE anim. Na ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɔberempɔn no mfa mmrɛ AWURADE no nie: Homeda, nnwanten nsia a wɔnni dɛm ne odwennini a ne ho nni dɛm; ne aduane afɔdeɛ: Odwennini no deɛ, efa ne nnwanten no ho aduane afɔdeɛ a ne nsa bɛso soɔ ne ngo susutoa a ɛka efa no ho. Na bosome foforɔ da no: Nantwiburuwa a ɔnni dɛm ne nnwanten nsia ne odwennini baako a wɔnni dɛm, ne nantwinini no ho efa ne odwennini no ho efa na ɔmfa nyɛ aduane afɔdeɛ ne nnwanten no deɛ, sɛdeɛ ne nsa bɛso soɔ, ne ngo susutoa a ɛka efa ho. Na sɛ ɔberempɔn no rebɛhyɛne mu a, ɔmfa ɛpono kɛseɛ no ntwonoo kwan so nkɔ mu, na ɔmfa hɔ ara mfiri adi. Na sɛ asase no so nnipa no reba AWURADE anim, afahyɛ no mu a, deɛ ɔfa atifi fam ponkɛseɛ no kwan so ba mu bɛsɔreɛ no, ɔmfa anafoɔ fam ponkɛseɛ no kwan so mfiri adi, na deɛ ɔfa anafoɔ fam ponkɛseɛ ano ba mu no, ɔmfa atifi fam ponkɛseɛ no ano mfiri adi; ɔnnsan mmfa ɛpono kɛseɛ a ɔfaa mu baa mu no mu mmfiri adi, na ɔnkɔ n’anim tee mfiri adi. Na ɔberempɔn no, sɛ wɔreba mu a, ɔmfra wɔn mu mmra mu, na sɛ wɔrefiri adi a, ɔne wɔn mfiri adi. Na nnapɔnna ne afahyɛ no mu aduane afɔdeɛ nyɛ nantwinini ne aduane efa, ne odwennini ne aduane efa, ne nnwanten ho deɛ ne nsa bɛso soɔ, ne aduane efa ho ngo susutoa. Na sɛ ɔberempɔn no rebɛbɔ ayamyi hyeɛ afɔdeɛ anaa ayamyɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama AWURADE a, ɛnneɛ wɔnhini no ɛpono kɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ no, na ɔmmɔ ne hyeɛ afɔdeɛ ne n’asomdwoeɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ ɔyɛ no homeda no, na ɔmfiri adi; na n’adifire akyiri no, wɔnto ɛpono kɛseɛ no mu. Na odwanten a wadi afe a ɔnni dɛm na fa bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma AWURADE; anɔpa anɔpa na bɔ; na siesie ɛho aduane afɔdeɛ daa anɔpa, efa nkyɛmu nsia mu baako, ne ngo susutoa nkyɛmu mmiɛnsa mu baako, na wɔmfa mfɔre esiam no na ɛnyɛ aduane afɔdeɛ mma AWURADE; ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ daa; na monsiesie odwanten no, ne aduane afɔdeɛ ne ngo no daa anɔpa: Ɛyɛ daa ɔhyeɛ afɔdeɛ. Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ ɔberempɔn no de n’agyapadeɛ no bi kyɛ ne mma no bi a, ɛyɛ ne mma no deɛ, wɔn agyapadeɛ mu kyɛfa ne no. Na sɛ ɔde n’agyapadeɛ no bi kyɛ ne nkoa mu bi a, ɛnneɛ ɛnyɛ akoa no deɛ nkɔsi ahofadie afe no so, na ɛnsane nkɔyɛ ɔberempɔn no deɛ bio, ɛyɛ ɔno ara agyapadeɛ, ne mma na ɛnyɛ wɔn deɛ. Nanso ɔberempɔn no mmfa ɔmanfoɔ no agyapadeɛ bi, mmpam wɔn mfiri wɔn kyɛfa mu; ɔno ara ne kyɛfa no bi na ɔmfa mma ne mma na wɔnnie, deɛ ɛbɛyɛ na wɔampansam me man mu onipa biara amfiri n’agyapadeɛ soɔ. Ɛnna ɔde me faa ɔkwan a ɛda ɛpono kɛseɛ no nhyɛnmu no so kɔɔ adammoa kronkron a ɛyɛ asɔfoɔ dea, a ɛhwɛ atifi fam no ano, na hwɛ, afa bi wɔ hɔ, atɔeɛ fam, akyire nohoa. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛha ne faako a asɔfoɔ no bɛnoa asodie ho afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ no, na wɔatoto aduane afɔdeɛ no, na wɔamfa amfiri adi ankɔ abannwa a ɛwɔ ho no so ankɔte ɔman no ho. Ɛnna ɔde me firii adi baa abannwa a ɛwɔ ho no soɔ, na ɔmaa mesene kɔɔ abannwa no ntweaso nnan no ho, na hwɛ, atuntuma bi wɔ abannwa no biara ntweaso. Abannwa no ntwea nnan no mu na ntuntuma a wɔabram ho wowɔ a ne ntwemu yɛ basafa aduonu na ne trɛ yɛ basafa dunum, ntweaso ntutuma nnan no nyinaa nsusuiɛ yɛ baako. Na bamma bi twa ntuntuma nnan no mu hyia twan, na wɔayeyɛ mmukyia, mmamma no ase, de atwa ho ahyia. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne aduanenoa adan a efie no mu asomfo no nnoa ɔmanfoɔ no kum afɔdeɛ wɔ hɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna ɔde me sane baa asɔredan no pono ano, na hwɛ, nsuo firi asɔredan no aponnwa ase resene kɔ apueeɛ fam, (na asɔredan no anim hwɛ apueeɛ), na nsuo no resiane wɔ aseɛ, asɔredan no nifa so, afɔrebukyia no anafoɔ fam. Na ɔde me nam atifi fam ponkɛseɛ no kwan so firii adi, na ɔde me faa mfikyikwan no so, konton baa anim ponkɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ no kwan no so, na hwɛ, na nsuo firi nifa so resene. Ɔbarima no firi kɔɔ apueeɛ no, na susuhoma kura ne nsamu, na ɔsusuu basafa ahanum, na ɔde me twaa nsuo no, nsuo a ɛka nanpɔ soɔ. Na ɔsusuu ahanum, na ɔde me twaa nsuo no, nsuo a ɛka nankoroma. Na ɔsusuu ahanum, na ɔde me twae, nsuo a ɛka asene mu. Na ɔsusuu ahanum, na ɛyɛ nsuo a mantumi mantwa, ɛfiri sɛ nsuo no mu dɔ a wɔboro, ayɛ sɛ nsuo a wɔntumi ntwa. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba woahunu anaa? Na ɔde me nam asuo no ano sane bae, na mesane bae, na hwɛ, nnua bebree pa wɔ asuo no ano, ɛha ne ɛha. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuo yi firi sene kɔ apueeɛ fam kanko no mu, na ɛsiane kɔ mpaperɛ no so. Ɛpo mu na nsuo a ɛfiri sene yi korɔ, na asa nsuo no yadeɛ. Na ɔkra teasefoɔ biara a ɛkeka ne ho, baabiara a asuo a ɛboro soɔ yi bɛkɔ hɔ no bɛnya nkwa na emu nam bɛdɔɔso bebree pa ara, ɛfiri sɛ nsuo yi bɛkɔ hɔ, na wɔasa po no nsuo yadeɛ, na nnoɔma nyinaa anya nkwa, deɛ asuo no korɔ biara. Na apofofoɔ bɛgyina ɛpo no so, ɛfiri En-gedi kɔsi En- eglaim bɛyɛ asau hatabea. Emu mpataa bɛyɛ ahodoɔ, sɛ ɛpo kɛseɛ mu nam bebree pa ara. N’aforɔ ne n’atɛkyɛ deɛ, wɔrensa, wɔbɛgya de ayɛ nkyene. Na asuo no nsunoa ha ne ha na nnua a wɔdie ahodoɔ nyinaa bɛfiri; n’ahahan rempo, na n’aba rensa, ɛbɛso n’abosome mu, ɛfiri sɛ ne nsuo no, kronkronbea na ɛfiri sene. Na n’aba bɛyɛ aduane, na n’ahahan ayɛ aduro. Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yei ne ɛhyeɛ a mode bɛkyɛ asase no ama Israel mmusuakuo dummienu no adi soɔ; Yosef deɛ nyɛ nhoma mmienu; na monkyɛ nni so mma obiara deɛ nyɛ sɛ ne nua deɛ, ɛfiri sɛ ɛho na maka ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no; na asase yi bɛda hɔ ama mo, na moadi so. Na asase no hyeɛ nie: Ano a ɛda atifi fam: Ɛfiri ɛpo kɛseɛ no ano, fa Hetlon kwan a ɛkɔ Sedad no so, Hamat, Berota, Sibraim (a ɛda Damasko ne Hamat hyeɛ ntam no), Haser-hatikon a ɛda Hauran hyeɛ ho no. Na ɛhyeɛ no firi ɛpo no ano kɔ Hasar-Enon, Damasko hyeɛ so, na atifi fam deɛ, ɛhyeɛ a ɛda atifi fam ne Hamat; na ɛne ano a ɛdi atifi fam no. Na ɛhyeɛ a ɛda apueeɛ fam ne Yordan a ɛwɔ Hauran ne Damasko ne Gilead ɛne Israel asase ntam no, monsusu mfiri ɛhyeɛ no so nkɔ apueeɛ po no ano; na ɛne ɛhyeɛ a ɛdi apueeɛ fam no. Na ɛhyeɛ a ɛda anafoɔ fam hwɛ anafoɔ no: Ɛfiri Tamar kɔ Meribat-kades nsuo a ɛnam Misraim subonhwa no ano kɔduru ɛpo kɛseɛ no ano; na ɛne ɛhyeɛ a ɛhwɛ nifa, anafoɔ fam no. Na ɛhyeɛ a ɛda atɔeɛ fam ne ɛpo kɛseɛ no firi ɛhyeɛ no ano ara kɔsi Hamat ntentensoɔ; ɛne ɛhyeɛ a ɛdi atɔeɛ no. Na monkyɛ asase yi mu mfa, sɛdeɛ Israel mmusuakuo no teɛ. Na ntonto so na monkyɛ asase no mfa nni soɔ, mo ne ananafoɔ a wɔabɛyɛ mo mu ahɔhoɔ a mo mu wɔawowo mma no, na wɔnyɛ mo sɛ wɔn a wɔwoo wɔn Israel mma mu, wɔne mo mmɔ agyapadeɛ so ntonto, Israel mmusuakuo no mu; na abusuakuo ko a ɔnanani bi abɛyɛ mu hɔhoɔ no, ɛhɔ ara na momma no n’agyapadeɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yeinom ne mmusuakuo no din: Ɛfiri atifi fam hyeɛ no so, Hetlon kwan nkyɛn mu a ɛrekɔ Hamat, Hasar-Enan, Damasko hyeɛ so, (deɛ ɛhwɛ atifi fam wɔ Hamat nkyɛn mu), na wɔnnya ano apueeɛ ne atɔeɛ, ɛno ne Dan, homa baako. Na deɛ ɛdi Dan hyeɛ soɔ ɛfiri apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Aser deɛ, baako; na deɛ ɛdi Aser hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Naftali deɛ, baako; na deɛ ɛdi Naftali hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Manase deɛ, baako; na deɛ ɛdi Manase hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Efraim deɛ, baako; na deɛ ɛdi Efraim hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Ruben deɛ, baako; na deɛ ɛdi Ruben hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Yuda deɛ, baako. Na deɛ ɛdi Yuda hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no nyɛ mmasoɔ asase a momma soɔ no, ne trɛ nyɛ basafa mpem dummienu ne ahanum. Na ne ntwemu nyɛ sɛ kyɛfa no bi mfiri apueeɛ nkɔsi atɔeɛ, na kronkronbea no nna mfimfini. Mmasoɔ asase a monyi mma AWURADE no ntwemu nie: Susuo basafa mpem dummienu ne ahanum, na ne trɛ yɛ mpem du. Na wɔn a mmasoɔ asase kronkron yi nyɛ wɔn deɛ nie: Asɔfoɔ deɛ, atifi fam basafa mpem dummienu ne ahanum, atɔeɛ fam trɛ nyɛ mpem nnum, apueeɛ fam trɛ mpem nnum, na anafoɔ fam ntwemu mpem dummienu ne ahanum, na AWURADE kronkronbea no nna mfimfini. Ɛnyɛ asɔfoɔ a wɔayɛ wɔn kronkron, Sadok mma mu, a wɔayɛ me som adwuma no a wɔamfom, Israelfoɔ fom no mu, sɛdeɛ Lewifoɔ no fomeeɛ no, na wɔnnya asase no mmasoɔ mu deɛ wɔama soɔ, akronkronneɛ mu adekronkron, Lewifoɔ no hyeɛ ho. Na Lewifoɔ no nnya asɔfoɔ hyeɛ no nkyɛn mu ntwemu mpem dummienu ne ahanum na ne trɛ yɛ mpem nnum; ntwemu nyinaa nyɛ mpem dummienu ne ahanum, na ne trɛ nyɛ mpem nnum. Na wɔnntɔn mu bi, na wɔnnsesa, na wɔnnane asase no adeɛ a ɛdi kan no mmma, na ɛyɛ kronkron ma AWURADE. Na basafa mpem mmienu ahanum a ɛka ne trɛ mu, mpem dummienu ne ahanum no mu no nyɛ anihumafoɔ adeɛ mma kuro no sɛ wɔn tenabea ne ɛho asase, na kuro no nna mfimfini. Na ne nsusuiɛ nie: Atifi fam ano: Basafa mpem mmienu ahanu aduonum; na anafoɔ fam ano: Mpem mmienu ahanu ne aduonum; na apueeɛ ano: Mpem mmienu ahanu ne aduonum; na atɔeɛ fam ano: Mpem mmienu ahanu ne aduonum. Na kuro no nnya mmoa adidibea nsase: Basafa ɔha ne aduonu nnum atifi fam, ne anafoɔ, basafa ɔha ne aduonu nnum, ne atɔeɛ fam basafa ɔha ne aduonu nnum. Na deɛ aka wɔ mmasoɔ asase kronkron no nkyɛn mu, apueeɛ no, basafa mpem nnum ne atɔeɛ basafa mpem nnum no, ɛnna mmasoɔ asase kronkron no nkyɛn mu na ne nnɔbaeɛ nyɛ kuro no adwumayɛfoɔ aduane; na kuro no adwumayɛfoɔ deɛ, wɔbɛfiri Israel mmusuakuo nyinaa mu abɛyɛ so adwuma. Mmasoɔ asase no nyinaa yɛ basafa mpem dummienu ahanum, mmasoɔ asase kronkron no nyɛ ahinanan na ɛnka kuro no deɛ no ho. Na nkaeɛ no nyɛ ɔberempɔn no deɛ, mmasoɔ asase kronkron ne kuro no deɛ no ho, ɛha ne ɛha, deɛ ɛda mmasoɔ asase no ho yɛ basafa mpem dummienu ne ahanum no ho kɔsi apueeɛ hyeɛ so, ne atɔeɛ fam deɛ a ɛda mpem dummienu ne ahanum no ho kɔsi atɔeɛ hyeɛ so ma no sesɛ mmusuakuo no kyɛfa soɔ no, ɛnyɛ ɔberempɔn no deɛ, na mmasoɔ asase kronkron ne asɔrefie no kronkronbea no nna ntam. Na ɛfiri Lewifoɔ no kyɛfa ne kuro no kyɛfa a ɛda ɔberempɔn no deɛ no ntam no soɔ, deɛ ɛda Yuda hyeɛ ne Benyamin hyeɛ ntam no nyɛ ɔberempɔn no deɛ. Na mmusuakuo a aka no deɛ nie: Ɛfiri apueeɛ de kɔ atɔeɛ no, Benyamin deɛ, baako; na deɛ ɛdi Benyamin hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Simeon deɛ, baako; na deɛ ɛdi Simeon hyeɛ so firi apueeɛ de rekorɔ no: Isakar deɛ, baako; na deɛ ɛdi Isakar hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Sebulon deɛ, baako; na deɛ ɛdi Sebulon hyeɛ so firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Gad deɛ, baako; na Gad hyeɛ a ɛwɔ anafoɔ fam a ɛkyerɛ nifa no so hyeɛ no mfiri Tamar mfa ɔham nsuo a ɛwɔ Kades ne Misraim subonhwa no nkɔsi Ɛpo Kɛseɛ no ano. Yei ne asase a momfa ntonto nkyɛ mma Israel mmusuakuo na wɔnni soɔ no, na yeinom ne wɔn kyɛfa, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Na yeinom ne kuro no ho apono: Atifi fam deɛ no nsusuiɛ yɛ basafa mpem mmienu ahanu aduonum; na kuro no aponkɛseɛ no wowɔ Israel mmusuakuo no din: Atifi fam aponkɛseɛ mmiɛnsa: Ruben ponkɛseɛ, baako; Yuda ponkɛseɛ, baako; Lewi ponkɛseɛ, baako. Na apueeɛ fam deɛ no: Basafa mpem mmienu ahanu aduonum ne aponkɛseɛ mmiɛnsa: Yosef ponkɛseɛ, baako; Benyamin ponkɛseɛ baako, ne Dan ponkɛseɛ no. Na anafoɔ fam deɛ no nsusuiɛ: Basafa mpem mmienu ahanu ne aduonum ne aponkɛseɛ mmiɛnsa: Simeon ponkɛseɛ, baako; Isakar ponkɛseɛ, baako; Sebulon ponkɛseɛ, baako. Atɔeɛ fam deɛ no: Basafa mpemnan ahanum, n’aponkɛseɛ mmiɛnsa: Gad ponkɛseɛ, baako; Aser ponkɛseɛ, baako, ne Naftali ponkɛseɛ no. Deɛ ɛtwa ho hyia yɛ basafa mpem nkron. Na ɛfiri da no, kuro no din ne: AWURADE wɔ hɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yudahene Yehoiakim afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, Babelhene Nebukadnessar baa Yerusalem, na ɔbɛto hyɛɛ wɔn so. Na AWURADE de Yudahene Yehoiakim ne Nyankopɔn fie nnoɔma no bi hyɛɛ ne nsa, na ɔsoa de kɔɔ n’anyame fie wɔ Sinar asase so; na ɔde nnwinneɛ no kɔɔ ne nyame adekoradan mu. Na ɔhene ka kyerɛɛ n’apiafoɔhene Aspenas, sɛ ɔmfa Israel mu, ahemfo asefoɔ ne mmapɔmma no mu, mmerantewaa a wɔn ho nni dɛm na wɔn ho yɛ fɛ, na wɔn ani ateɛ, nyansa nyinaa mu, na wɔnim de na wɔwɔ nhunumu, na wɔbɛtumi asom wɔ ɔhene ahemfie, na ɔnkyerɛ wɔn mma wɔnsua Kaldeafoɔ nwoma ne kasa. Na ɔhene yii wɔn ahennuane no bi, da biara ne ne deɛ, ne nsa a ɔnom no bi, sɛ wɔntete wɔn mfeɛ mmiɛnsa; na ɛno akyi wɔmmɛsom ɔhene. Na wɔn mu bi a wɔfiri Yudafoɔ mu ne Daniel, Hanania, Misael ne Asaria; na asomfoɔ panin no totoo wɔn din. Ɔtoo Daniel din sɛ Beltesasar, na ɔtoo Hanania din sɛ Sadrak, na ɔtoo Misael din sɛ Mesak, na ɔtoo Asaria din sɛ Abed-Nego. Na Daniel bɔɔ ne tirim sɛ ɔremfa ɔhene nnuane ne nsa a ɔnom no ngu ne ho fi, enti ɔsrɛɛ apiafohene no, na wangu ne ho fi. Na Onyankopɔn maa Daniel nyaa asomfoɔ panin no anim adɔeɛ ne mmɔborɔhunu. Na asomfoɔ panin no ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Mesuro, ɛfiri sɛ anyɛ a, me wura ɔhene a wayi mo aduane ne mo anonneɛ no bɛhunu mo anim sɛ ɛyɛ mmɔbɔmmɔbɔ sene mo atipɛnfoɔ mmerantewaa no deɛ, na moama me tiri ato, ɔhene anim. Ɛnna Daniel ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ a asomfoɔ panin no de no asi Daniel, Hanania, Misael ne Asaria soɔ no sɛ: Sɔ wo nkoa hwɛ dadu ɛ, na wɔmma yɛn afuomduane nni ne nsuo nnom, na wode w’ani ahwɛ yɛn ne mmerantewaa a wɔdi ahennuane no anim, na sɛdeɛ wobɛhunu no, wo ne wo nkoa adi. Ɛnna ɔpenee deɛ wɔkaeɛ no soɔ, na ɔsɔɔ wɔn hwɛɛ dadu. Na dadu no wiee duro no, wɔhunuu wɔn anim sɛ ɛyɛ fɛ na wɔn honam aba wɔn ho sene mmerantewaa a wɔdi ahennuane no nyinaa. Ɛnna ɔsomfoɔ no yii wɔn aduane pa ne nsa a wɔbɛnom no, na ɔmaa wɔn afuomduane. Na mmerantewaa baanan yi, Onyankopɔn maa wɔn nwoma ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne aniteɛ, na Daniel nyaa anisoadehunu ne daeɛ nyinaa mu nhunumu. Na berɛ a ɔhene kaa sɛ wɔmfa wɔn mmra no duruiɛ no, asomfoɔ panin no de wɔn baa Nebukadnessar anim. Na ɔhene ne wɔn kasae, na wɔanhunu wɔn nyinaa mu deɛ ɔte sɛ Daniel, Hanania, Misael ne Asaria; na wɔde wɔn kaa ɔhene apamfoɔ no ho. Na nyansa ne nhunumu asɛm biara a ɔhene bisaa wɔn no, ɔhunuu wɔn sɛ wɔkyɛne nkonyaayifoɔ ne pɛadeahunufoɔ a wɔwɔ n’ahennie mu no nyinaa mprɛdu. Na Daniel tenaa hɔ kɔduruu Ɔhene Kores afe a ɛdi kan so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Nebukadnessar ahennie afe a ɛtɔ so mmienu no, ɔsosoo daeɛ bi, na ne honhom ho yeraa no, na n’ani soroe. Ɛnna ɔhene kaa sɛ wɔnkɔfrɛ nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, ntafowayifoɔ ne Kaldeafoɔ mmra, na wɔmmɛkyerɛ ɔhene daeɛ no. Na wɔba bɛgyinaa ɔhene anim. Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Maso daeɛ bi, na me honhom ho yera me sɛ mɛkae daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ. Ɛnna Kaldeafoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene (wɔ Aramaik kasa mu) sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa! Ka wo daeɛ no kyerɛ wo nkoa, na yɛnkyerɛ aseɛ. Ɔhene bua see Kaldeafoɔ no sɛ: Deɛ maka no ara na maka: Sɛ moankyerɛ me daeɛ no ne n’ase a, wɔbɛtwitwa mo mu asinasini, na wɔadane mo afie sumina. Na sɛ mokyerɛ me daeɛ no ne n’ase a, mobɛnya me hɔ akyɛdeɛ, ayɛyɛdeɛ ne anidie kɛseɛ. Enti monkyerɛ me daeɛ no ne n’ase. Wɔbuaa no ne mprenu so sɛ: Ma ɔhene nka daeɛ no nkyerɛ ne nkoa, na yɛnkyerɛ aseɛ. Ɔhene buaa sɛ: Menim ampa sɛ moresɛe me berɛ, ɛsiane sɛ monim sɛ mekasa a mennane akyire. Sɛ moankyerɛ me daeɛ no a, asɛm rebɛto mo, ɛfiri sɛ moadwene atorosɛm ne nnaadaasɛm sɛ morebɛka no m’anim de akɔsi sɛ mɛsesa m’adwene; enti monka daeɛ no nkyerɛ me, na menhunu sɛ mobɛtumi akyerɛ me aseɛ. Kaldeafoɔ no buaa ɔhene sɛ: Onipa biara nni asase so a ɔbɛtumi akyerɛ ɔhene asɛm yi, na ɔhenkɛseɛ ne owura ne otumfoɔ biara mmisaa nkonyaayifoɔ, pɛadeahununi ne Kaldeani biara hɔ asɛm a ɛte sɛɛ pɛn. Na asɛm a ɔhene rebisa yi yɛ den dodo, na obiara biara nni hɔ a ɔbɛtumi akyerɛ no ɔhene anim, gye anyame a wɔn tenabea nni honam mufoɔ nkyɛn. Yei nti ɔhene bo fui, na n’ani beree kɛse, na ɔkaa sɛ wɔnkum Babel anyansafoɔ nyinaa. Enti mmara no baa sɛ wɔnkum anyansafoɔ no; na wɔhwehwɛɛ Daniel ne ne mfɛfoɔ no sɛ wɔrebɛku wɔn. Ɛnna Daniel de kasa pa ne nyansa ne ɔhene safohene Ariok a ɔfirii sɛ ɔrekɔkum Babel anyansafoɔ no kasae; sɛ: Adɛn nti na ɔhene hyɛɛ mmara a ɛyɛ den seyie? Ɛnna Ariok kaa asɛm no kyerɛɛ Daniel. Na Daniel kɔ kɔsrɛɛ ɔhene sɛ ɔmma no berɛ na wakyerɛ no daeɛ no ase. Ɛnna Daniel firi kɔɔ ne fie, na ɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ ne mfɛfoɔ Hanania, Misael ne Asaria, sɛ wɔnsrɛ ɔsoro Nyankopɔn hɔ mmɔborɔhunu, ahuntasɛm no ho, na wɔankum Daniel ne ne mfɛfoɔ anka Babel anyansafoɔ a aka no ho. Ɛnna wɔyii ahuntasɛm no kyerɛɛ Daniel anadwo anisoadehunu mu. Ɛnna Daniel hyiraa ɔsoro Nyankopɔn; Daniel kaa sɛ: Nhyira nka Nyankopɔn din daa daa, sɛ nyansa ne tumi, ɔno na ɛwɔ no; ɔno na ɔsakyera berɛ ne nna; ɔtu ahene, na ɔsi ahene, ɔma anyansafoɔ nyansa, na ɔde nimdeɛ ma wɔn a wɔwɔ nhunumu; ɔyi deɛ emu dɔ ne deɛ ahunta adi, ɔnim deɛ ɛwɔ esum mu, na hann ne no na ɛteɛ. Wo, m’agyanom Nyankopɔn, na meda wo ase, meyi wo ayɛ, sɛ woama me nyansa ne tumi, na afei woayi deɛ yɛsrɛɛ woɔ akyerɛ me, sɛ woama yɛahunu ɔhene daeɛ no. Ɛno nti Daniel kɔɔ Ariok a ɔhene ayi no sɛ ɔnkum Babel anyansafoɔ no nkyɛn; ɔkɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ: Babel anyansafoɔ no, nkum wɔn! Fa me kɔ ɔhene anim, na menkɔkyerɛ no aseɛ. Ɛnna Ariok yɛɛ ntɛm de Daniel kɔɔ ɔhene anim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mahunu Yuda atukɔfoɔ no mu barima bi a ɔbɛkyerɛ ɔhene daeɛ no aseɛ. Ɔhene bisaa Daniel a ne din de Beltesasar sɛ: Wobɛtumi akyerɛ me daeɛ a mesoeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ? Daniel buaa ɔhene sɛ: Ahuntasɛm a ɔhene rebisa no, anyansafoɔ, pɛadeahunufoɔ, nkonyaayifoɔ nyankonnekyerɛfoɔ rentumi nkyerɛ ɔhene; nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a ɔyi ahuntasɛm adie, na wakyerɛ Ɔhene Nebukadnessar deɛ ɛrebɛba daakye. Wo daeɛ ne w’anisoadeɛ a woda wo mpa soɔ no wohunuiɛ no nie: Ɔhene, wodwenee nnoɔma pii ho wɔ wo mpa so, deɛ yei akyi ɛbɛba no ho, na deɛ ɔyi ahuntasɛm adie no ama woahunu deɛ ɛrebɛba no. Na me deɛ, ɛnyɛ nyansa a ɛwɔ me mu sene ateasefoɔ nyinaa nti na wɔayi ahuntasɛm yi akyerɛ me, na deɛ ɛbɛyɛ na wɔakyerɛ ɔhene nkyerɛaseɛ no, na woahunu w’akoma mu nsusuiɛ no nti. Wo, ɔhene, wohwɛe, na hwɛ, na ohoni kɛseɛ bi nie: Ohoni no so, na ɛhran hyɛnn; ɛgyinaa w’anim na ɛho yɛ hu. Ohoni no nie: Ne tiri yɛ sika pa, ne koko ne n’abasa yɛ dwetɛ, ne yafunu ne n’asene yɛ kɔbere mfrafraeɛ. N’asrɛ yɛ dadeɛ, ne nan mu bi yɛ dadeɛ, na emu bi yɛ dɔteɛ. Wohwɛe ara kɔsii sɛ ɔboɔ bi a nsa biara nkura mu te bɛbɔɔ ohoni no nan a ɛyɛ dadeɛ ne dɔteɛ no, na ɛbubuu no muhumuhu; ɛnna dadeɛ, dɔteɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dwetɛ ne sika no bubuu muhumuhu prɛko pɛ, na ɛyɛɛ sɛ ahuhuberɛ mu ayuporebea so ntɛtɛ, na mframa sesa kɔe, na wɔanhunu wɔn baabiara bio. Na ɔboɔ a ɛbɔɔ ohoni no yɛɛ bepɔ kɛseɛ, na ɛyɛɛ asase nyinaa so ma. Daeɛ no nie, na yɛbɛka ne nkyerɛaseɛ nso akyerɛ ɔhene. Wo, ɔhene, woyɛ ahene mu hene a ɔsoro Nyankopɔn de ahennie, tumi, ahoɔden ne animuonyam ama woɔ, na baabiara a nnipa mma, wiram mmoa ne ewiem nnomaa teɛ no, ɔde wɔn ahyɛ wo nsa, na ɔde wo adi wɔn nyinaa so: Wone sika tiri no. Na w’akyi na ahennie foforɔ bɛsɔre a ɛnnuru wo deɛ no ne ahennie a ɛtɔ so mmiɛnsa foforɔ a ɛyɛ kɔbere mfrafraeɛ a ɛbɛdi asase nyinaa soɔ. Na ahennie a ɛtɔ so nnan no bɛyɛ den sɛ dadeɛ; na sɛdeɛ dadeɛ bubu na ɛyam adeɛ a ɛbɔ so nyinaa no, saa ara na ahennie a ɛtɔ so nnan no bɛbobɔ ahennie a ɛdi kan no nyinaa. Na sɛdeɛ wohunuu nan ne nansoaa a emu bi yɛ ɔnwomfoɔ dɔteɛ na emu bi yɛ dadeɛ no, ɛbɛyɛ ahennie a emu apaepaeɛ, nso dadeɛ denyɛ no bɛtena mu, sɛdeɛ wohunuu sɛ dɔteɛ afrafra dadeɛ no mu no. Na nansoaa a emu bi yɛ dadeɛ na ebi yɛ ɛfa no, ahennie no fa bi bɛyɛ den, na emu bi bɛyɛ mmerɛ; na sɛdeɛ wohunuu dɔteɛ sɛ afrafra dadeɛ no, nnipa no bɛdi afra, wɔn asefoɔ mu, na wɔremfemfam wɔn ho, sɛdeɛ dadeɛ nnya dɔteɛ mu afraeɛ no. Na ahemfo no nna no mu no ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahennie a wɔrensɛe no da, na wɔrennya n’ahennie mma ɔman foforɔ bi so, na ɛbɛbubu ahennie ahodoɔ no nyinaa ama no asa, na ɛno deɛ, ɛbɛgyina daa. Ɛno nti sɛdeɛ wohunuu sɛ ɔboɔ a nsa anka te firii bepɔ no ho, na ɛbɛbubuu dadeɛ, kɔbere mfrafraeɛ, ɛfa, dwetɛ ne sika no muhumuhu no, saa ara na Onyankopɔn kɛseɛ no akyerɛ ɔhene deɛ daakye ɛbɛba; na daeɛ no wom na ne nkyerɛaseɛ yɛ nokorɛ. Ɛno na Ɔhene Nebukadnessar de n’anim butuu fam, na ɔkotoo Daniel, na ɔkaa sɛ wɔmmɔ aduane afɔdeɛ ne ohwam afɔdeɛ ma Daniel. Ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Ampa ara, mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyame ne ahemfo wura ne deɛ ɔyi ahuntasɛm adie, sɛ woatumi ayi saa ahuntasɛm yi adie. Ɛnna ɔhene yɛɛ Daniel kɛseɛ, na ɔmaa no ayɛyɛdeɛ akɛseɛ bebree, na ɔmaa no dii Babel asase nyinaa so tumi ne Babel anyansafoɔ nyinaa so mpanimfoɔ mu titire. Na Daniel srɛɛ ɔhene, na ɔde Sadrak, Mesak ne Abed-Nego yeyɛɛ Babel asase mu nsɛm so ahwɛfoɔ. Na Daniel deɛ, ɔtenaa ɔhene aban mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɔhene Nebukadnessar yɛɛ sika honi a ne tentene yɛ basafa dunum, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa baako ne fa. Ɔde sii Dura asaseta so wɔ Babel asase so. Na Ɔhene Nebukadnessar somaa sɛ wɔnkɔhyiahyia amantam ahemfo, mmakoma ne amradofoɔ, atemmufoɔ mpanin, nsannaafoɔ, mmaratwerɛfoɔ, atemmufoɔ ne nsase no so atumfoɔ nyinaa sɛ wɔmmra na wɔnna ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de sii hɔ no adi. Ɛnna amantam ahemfo, mmakoma ne amradofoɔ, atemmufoɔ mpanin, nsannaafoɔ, mmaratwerɛfoɔ, asennifoɔ ne nsase no so atumfoɔ nyinaa bɛhyiaa sɛ wɔrebɛda ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de sii hɔ no adi, na wɔbɛgyinaa ohoni a Nebukadnessar de sii hɔ no anim. Na ɛsɛn bi teaa mu denden sɛ: Mo, nkurɔfoɔ, aman ne kasa ahodoɔ, wɔka kyerɛ mo sɛ: Ɛberɛ a mobɛte abɛn, odurugya sankuo, sambuka sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsanku ahodoɔ nyinaa gyegyeɛ no, monhwe fam nsɔre sika honi a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no. Na deɛ ɔrenhwe ase nsɔre no, dɔn no ara mu wɔde no bɛto ogya a ɛrefranam fononoo mu. Saa nti berɛ a wɔtee abɛn, odurugya, sankuo, sambuka sankuo bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsankuo ahodoɔ nyinaa no gyegyeɛ ara pɛ no, aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ no nyinaa hwehwee ase sɔree sika honi a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no. Saa berɛ no ara mu Kaldeafoɔ bi kɔtoatoaa Yudafoɔ no; kyerɛɛ Ɔhene Nebukadnessar sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa! Wo na woahyɛ mmara sɛ onipa biara a ɔbɛte abɛn, odurugya, sankuo, sambuka sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsankuo ahodoɔ nyinaa gyegyeɛ no, ɔnhwe ase nsɔre sika honi no, na deɛ wanhwe ase ansɔre no, wɔde no bɛto ogya a ɛrefranam fononoo mu: Ɔhene, Yudafoɔ bi wɔ hɔ a wode wɔn asisi Babel asase mu nsɛm so ahwɛfoɔ, Sadrak, Mesak ne Abed-Nego; mmarima yi mmu wo, wɔnsom w’anyame, na wɔnsɔre sika honi a wode asi hɔ no. Ɛnna Nebukadnessar de abufuo ne anibereɛ kaa sɛ wɔnkɔfa Sadrak, Mesak ne Abed-Nego mmra. Na wɔde mmarima yi baa ɔhene anim. Nebukadnessar bisaa wɔn sɛ: Sadrak, Mesak ne Abed-Nego, moboapa na monsom m’anyame, na monsɔre sika honi a mede masi hɔ no anaa? Afei deɛ, sɛ moasiesie mo ho sɛ berɛ a mobɛte abɛn, odurugya, sankuo, sambuka sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsankuo ahodoɔ nyinaa gyegyeɛ no, mobɛhwe ase asɔre ohoni a mayɛ a, ɛyɛ na sɛ moansɔre no a, dɔn no ara mu wɔde mo bɛgu ogya a ɛrefranam fononoo no mu, na onyame bɛn na ɔbɛyi mo afiri me nsam? Sadrak, Mesak ne Abed-Nego buaa Ɔhene Nebukadnessar sɛ: Ɛnhia yɛn sɛ yɛbɛbua wo yei ho asɛm biara. Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛsom no no bɛtumi ayi yɛn afiri ogya a ɛrefranam fononoo no mu, na ɔbɛgye yɛn afiri wo, ɔhene, nsam. Na sɛ amma saa mpo a, ɔhene, hunu sɛ yɛrensom w’anyame, na yɛrensɔre sika honi a wode asi hɔ no. Ɛno na abufuhyeɛ hyɛɛ Nebukadnessar ma, na n’anim tebea sakyera tiaa Sadrak, Mesak ne Abed-Nego; ɔkaa sɛ wɔmma fononoo no mu nnɔ mprɛnson nkyɛne deɛ daa ɛyɛ no. Na ɔhyɛɛ mmarima bi, ne dɔm mu mmarima ahoɔdenfoɔ, sɛ wɔnkyekyere Sadrak, Mesak ne Abed-Nego mfa wɔn nkɔgu ogya a ɛrefranam fononoo no mu. Ɛnna wɔkyekyeree mmarima yi, wɔn ntwontwo, togase, wɔn ntadeɛ ne wɔn mmotire ne wɔn ntoma mu, na wɔtoo wɔn guu ogya a ɛrefranam no mu. Na ɛsiane sɛ ɔhene asɛm no mu yɛ den, na fononoo no adɔ hyehyeehye aboro soɔ no nti, mmarima a wɔde Sadrak, Mesak ne Abed-Nego kɔforoeɛ no, ogyaframa no kumm wɔn. Na mmarima baasa yi, Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego a wɔakyekyere wɔn no hwehwee ogya a ɛrefranam fononoo no mu. Ɛnna Ɔhene Nebukadnessar ho dwirii no, na ɔsɔre ntɛmntɛm, na ɔbisaa n’agyinatufoɔ no sɛ: Ɛnyɛ mmarima baasa na yɛkyekyeree wɔn guu ogya no mu? Wɔbuaa ɔhene no sɛ: Ampa, ɔhene. Ɔkaa sɛ: Hwɛ, mehunu mmarima baanan a wɔasane wɔn sɛ wɔnenam ogya no mu, na wɔn ho ntɔɔ kyema, na deɛ ɔtɔ so nnan no tebea te sɛ anyame ba bi. Ɛnna Nebukadnessar bɛn ogya a ɛrefranam fononoo no mu no ano na ɔkaa sɛ: Sadrak, Mesak ne Abed-Nego, ɔsorosoro Nyankopɔn nkoa, momfiri adi mmra! Ɛnna Sadrak, Mesak ne Abed-Nego firii adi firii ogya no mu. Na amantam ahemfo, mmakoma ne amradofoɔ ne ɔhene agyinatufoɔ hyia bɛhwɛɛ mmarima yi, sɛ ogya annya wɔn honam so tumi, na wɔn tiri so nwi anhyeɛ, na wɔn ntwontwo ansakyera, na ogya no ho hwa amfa wɔn ho. Nebukadnessar kaa sɛ: Nhyira ne Sadrak, Mesak ne Abed-Nego Nyankopɔn a wasoma ne bɔfoɔ, na wabɛyi ne nkoa a wɔde wɔn ho too ne soɔ na wɔsakyeraa ɔhene asɛm na wɔde wɔn honam maeɛ, deɛ ɛbɛyɛ na wɔrensom na wɔrensɔre anyame biara sɛ wɔn Nyankopɔn. Ne saa nti, mehyɛ mmara sɛ ɔman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa mu biara a ɔka Sadrak, Mesak ne Abed-Nego Nyankopɔn ho abususɛm no, wɔbɛtwitwa no asinasini, na wɔama ne fie adane amamfo, ɛfiri sɛ onyame biara nni hɔ a ɔbɛtumi agye onipa seyie. Ɛnna ɔhene maa Sadrak, Mesak ne Abed-Nego dii yie Babel asase soɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɔhene Nebukadnessar de yei kɔmaa aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa a wɔte asase nyinaa soɔ: Ɛnsi mo yie mmoroso! Nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ a ɔsorosoro Nyankopɔn ayɛ me no, ayɛ me fɛ sɛ mɛka makyerɛ. Sɛdeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ si soso fa! na n’anwanwadeɛ sɛdeɛ ɛsi yɛ den fa! n’ahennie yɛ daa ahennie, na ne tumi wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. Me, Nebukadnessar, mete me fie dwoodwoo, na me ho tɔ me wɔ m’aban mu; na mesoo daeɛ bi a ɛyii me hu, na me mpa so adwene ne m’anisoadehunu haa me. Enti mehyɛɛ mmara sɛ wɔmfa Babel anyansafoɔ mmra m’anim, na wɔmmɛkyerɛ me daeɛ no ase. Ɛnna nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ baeɛ, na meyii daeɛ no kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me aseɛ. Na akyire yi no, Daniel a wɔfrɛ no Beltesasar, sɛ me nyame no din teɛ no, na anyame kronkron honhom wɔ ne mu no baa m’anim, na meyii daeɛ no kyerɛɛ no: Beltesasar, nkonyaayifoɔ panin, sɛ menim sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu na ahuntasɛm biara nyɛ wo den nti, ka me daeɛ mu adehunu a mehunuiɛ ne ne nkyerɛaseɛ kyerɛ me. Na m’anisoadeɛ a mehunuu no me mpa soɔ no nie: Mehunuu dua bi sɛ ɛsi asase mfimfini, a ɛware tenteenten. Dua no nyini yɛɛ kɛseɛ na ɛyɛɛ den, na ne tentene kɔduruu soro, na wɔhunu no asase so baabiara; ɛso ahahan yɛ fɛ, na ɛso aba dɔɔso, na aduane wɔ mu ma nnipa nyinaa, wiram mmoa tete ne nwunu ase, na ewiem nnomaa sisi ne mman so, na abɔdeɛ nyinaa didi ho. Mehunuu wɔ m’anisoadeɛ wɔ me mpa soɔ no mu sɛ, ɔwɛmfoɔ kronkron bi firi soro durui. Ɔteaa mu denden na ɔkaa sɛ: Mommu dua no ntwitwa ne mman. Mompore n’ahahan mpansam n’aba; mmoa nnwane mfiri aseɛ, na nnomaa mfiri ne mman so. Nanso monnya ne dunsini asase mu, dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ mu, petee so wira mu, na ɔsoro bosuo mfɔ no, na ɔne mmoa nni asase so ahahan. N’adwene nsakyera na anyɛ onipa deɛ bio, na wɔmma no aboa adwene na mfeɛ nson ntwa ne tiri so. Awɛmfoɔ kronkron yi agyina so na asɛm yi nam, na akronkronfoɔ asɛm so na adeɛ yi sie, deɛ ɛbɛyɛ na ateasefoɔ ahunu sɛ: Deɛ ɔwɔ ɔsorosoro na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, na ɔde nnipa mu ahobrɛasefoɔ si soɔ. Daeɛ yi na me, Ɔhene Nebukadnessar, mehunuiɛ. Na afei wo, Beltesasar, ka ne nkyerɛaseɛ, ɛfiri sɛ m’ahennie mu anyansafoɔ nyinaa ntumi nkyerɛ me aseɛ, na wo deɛ, ɛsiane sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu nti, wobɛtumi. Ɛnna Daniel a ne din de Beltesasar no ho dwirii no kakra ara sann, na n’adwene haa no. Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Beltesasar, mma daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ nnha wo. Beltesasar kaa sɛ: Me wura, anka ma daeɛ no mfa wɔn a wɔkyiri woɔ ho, na ne nkyerɛaseɛ mfa w’atamfo ho. Dua a wohunuiɛ a ɛso na ɛyɛ den a ne tentene kɔpem soro na wɔhu no asase nyinaa soɔ, na n’ahahan yɛ fɛ na ɛso aba dɔɔso na aduane wɔ mu ma nnipa nyinaa, na wiram mmoa tete aseɛ na ewiem nnomaa sisi ne mman soɔ no, ɛne wo, ɔhene a woso na woyɛ den na wo kɛseyɛ dɔɔso kɔduru soro na wo tumidie duru asase ano no. Na sɛ ɔhene hunuu ɔwɛmfoɔ kronkron bi sɛ ɔfiri ɔsoro duru bɛkaa sɛ: Mommu dua no nsɛe no, nanso monnya ne dunsini asase mu, dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ mu, petee so wira mu, na ɔsoro bosuo mfɔ no, na ɔne wiram mmoa nnidi nkɔsi sɛ mfeɛ nson bɛtwa ne tiri soɔ: Ɔhene, nkyerɛaseɛ no nie, na ɔsorosoroni asotwe a ɛbɛba me wura ɔhene soɔ nie: Wɔbɛtu wo afiri nnipa mu, na wo ne wiram mmoa atena, na wɔama woawe ewira sɛ anantwie, na ɔsoro bosuo afɔ wo, na mfeɛ nson atwa wo tiri so, akɔsi sɛ wobɛhunu sɛ ɔsorosoroni no di nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ. Na sɛdeɛ wɔkaa sɛ wɔnnya dua no dunsini no, sɛ wonya hunu sɛ ɔsoro na ɛdi tumi no a, w’ahennie bɛgyina ama wo. Enti, ɔhene, ma m’afotuo nyɛ wo fɛ, na fa tenenee ka wo bɔne gu, na fa ahiafoɔ ayɛyɛ sesa w’amumuyɛ, sɛ ebia ɛbɛma wo yiedie akyɛ. Yeinom nyinaa baa Ɔhene Nebukadnessar so. Abosome dummienu wiee duro no, da bi na ɔnenam Babel ahennie aban so; ɔhene no kaa sɛ: Ɛnyɛ Babel kɛseɛ a makyekyere mayɛ ahennie gyinabea, me tumi denyɛ so na m’animuonyam agye no ni anaa? Asɛm no da so wɔ ɔhene anomu no, ɛnne bi firi soro baa sɛ: Wo, Ɔhene Nebukadnessar, wɔka kyerɛ wo sɛ: Ahennie no atu afiri wo nsam. Na wɔbɛpamo wo afiri nnipa mu, na wo ne wiram mmoa akɔtena, na wɔama woawe ewira sɛ anantwie na mfeɛ nson atwa wo tiri so, de akɔsi sɛ wobɛhunu sɛ ɔsorosoroni no na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma deɛ ɔpɛ no. Dɔn no mu ara na asɛm no baa mu Nebukadnessar ho, na wɔpamm no firii nnipa mu, na ɔwee ewira sɛ anantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ ne honam, de kɔsii sɛ ne nwi fuu sɛ ɔkɔdeɛ ntakra, na ne bɔwerɛ yɛɛ sɛ nnomaa deɛ. Na nna no akyiri no, me, Nebukadnessar, memaa m’ani so mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene sane ba maa me, na mehyiraa Ɔsorosoroni no, na mekamfoo deɛ ɔte ase daa no meyii no ayɛ, sɛ ne tumi yɛ daa tumi na n’ahennie wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa soɔ; na asase sotefoɔ nyinaa, wɔmmu wɔn hwee, na ɔde ɔsoro asafo ne asase sotefoɔ yɛ sɛdeɛ ɔpɛ, na obiara nni hɔ a ɔbɛbɔ ne nsa atwene na waka akyerɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi? Ɛberɛ no mu ara na m’adwene sane baa me mu, na deɛ ɛbɛyɛ na m’ahennie agye din bio nti, m’animuonyam ne me haran sane baa me so, na m’agyinatufoɔ ne m’aberempɔn bɛpɛɛ me, na wɔde me sii m’ahennie so bio, na wɔde tumi a ɛsene kane deɛ no maa me. Afei me, Nebukadnessar, mekamfo ɔsoro hene mema no so meyi no ayɛ, sɛ ne nneyɛɛ nyinaa yɛ nokorɛ, na n’akwan yɛ atɛntenenee, na wɔn a wɔnam ahantan soɔ no, ɔtumi brɛ wɔn ase.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɔhene Belsasar too n’aberempɔn a wɔyɛ nnipa apem ɛpono kɛseɛ, na wɔnomm nsa, wɔn anim. Nsa no baa n’ani soɔ no, Belsasar kaa sɛ wɔmfa sika nnwinneɛ a n’agya Nebukadnessar akɔfa afiri asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu no mmra, na ɔhene ne n’aberempɔn, ne ne yerenom ne ne mpenafoɔ nnom mu. Ɛnna wɔde sika ne dwetɛ nnwinneɛ a wɔkɔfa firii Nyankopɔn asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no mu no baeɛ, na ɔhene ne n’aberempɔn, ne yerenom ne ne mpenafoɔ nom mu. Wɔnonnomm nsa na wɔkamfoo sika, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, dua ne ɔboɔ anyame no. Dɔn no mu ara na onipa nsateaa firi ba bɛtwerɛɛ ahennan no fasuo akaadoo soɔ, kaneadua no anim, na ɔhene hunuu nsa a ɛtwerɛeɛ no ano. Ɛnna ɔhene anim daneeɛ, na n’adwene haa no, na n’asene mu nhoma hodwoe, na ne nkotodwe ka boboom biribiri. Ɔhene no teaa mu denden sɛ wɔmfa pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ mmra. Ɔhene no bua see Babel anyansafoɔ no sɛ: Obiara a ɔbɛkenkan atwerɛ yi na wakyerɛ me aseɛ no, wɔbɛfira no ɔtankɔkɔɔ, na sika atweaban agu ne kɔn mu, na wayɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi ahennie yi mu tumi. Ɛnna ɔhene anyansafoɔ nyinaa baeɛ, nanso wɔantumi ankenkan atwerɛ no ankyerɛ ɔhene aseɛ. Ɛnna Ɔhene Belsasar ho yeraa no kɛse, na n’anim danee, na n’aberempɔn no tirim yɛɛ wɔn keserenee. Ɔhene ne n’aberempɔn nsɛm no nti ɔhemmaa baa apontoɔ dan no mu. Ɔhemmaa no kaa sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa! Mma w’adwene nnha wo na w’anim nnnane. Ɔbarima bi wɔ w’ahennie mu a anyame kronkron honhom wɔ ne mu, na w’agya berɛ so no, wɔhunuu ne mu aniteɛ ne nimdeɛ ne nyansa sɛ anyame nyansa, na w’agya, Ɔhene Nebukadnessar, de no sii nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ so panin. W’agya hunuu wɔ saa Daniel a ɔhene too no din Beltesasar no mu honhom a ɛkyɛne soɔ ne adwempa ne nimdeɛ a ɔde kyerɛ daeɛ aseɛ kyerɛ nsɛm a emu nna hɔ sane apɔ mu; enti ma wɔnkɔfrɛ Daniel, na ɔmmɛkyerɛ aseɛ, ɛnna wɔde Daniel baa ɔhene anim. Ɔhene bisaa Daniel sɛ: Wone Daniel no a wofiri Yuda atukɔfoɔ a m’agya ɔhene de wɔn firii Yuda baeɛ no mu no? Na mate wo nka sɛ anyame honhom wɔ wo mu, na wɔahunu wo mu aniteɛ ne nimdeɛ ne nyansa a ɛkyɛne soɔ. Na afei wɔde anyansafoɔ ne pɛadeahunufoɔ aba m’anim, sɛ wɔmmɛkenkan atwerɛ yi na wɔnkyerɛ me aseɛ; nso wɔantumi ankyerɛ asɛm no ase. Na mate wo nka sɛ wotumi kyerɛ nsɛm ase na wosane apɔ; na sɛ wotumi kenkan atwerɛ no kyerɛ me aseɛ a, wɔbɛfira wo ɔtankɔkɔɔ de sika atweaban agu wo kɔn mu, na woayɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi ahennie mu tumi. Ɛno na Daniel bua see ɔhene sɛ: Ma w’ayɛyɛdeɛ ntena wo hɔ, na fa w’adekyɛdeɛ ma obi foforɔ, nanso mɛkenkan atwerɛ no makyerɛ ɔhene, na mama no ahunu ne nkyerɛaseɛ. Wo, ɔhene, ɔsorosoro Nyankopɔn de ahennie, kɛseyɛ, anidie ne animuonyam maa w’agya Nebukadnessar, na tumi a ɔmaa no no nti, aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa ho popoe, na wɔsuroo n’anim; deɛ ɔpɛ no, ɔkumm no, na deɛ ɔpɛ no, ɔmaa no tenaa ase; na deɛ ɔpɛ no, ɔmaa no so, na deɛ ɔpɛ no, ɔbrɛɛ no ase. Na n’adwene maa ne ho so na ne honhom yɛɛ den ahantan mu no, wɔtuu no firii n’ahennwa no so, na wɔyii n’animuonyam firii ne ho; na wɔpamm no firii nnipa mma mu, na n’akoma yɛɛ sɛ mmoa deɛ, na ɔne ɛserɛ so mfunumu tenae, wɔmaa no wee wira sɛ anantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ ne honam, kɔsii sɛ ɔhunuu sɛ ɔsorosoro Nyankopɔn na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde obiara a ɔpɛ si so. Na wo, ne ba Belsasar, wonim yei nyinaa deɛ, nanso woammrɛ w’akoma ase; na woama wo ho so atia ɔsoro wura, na wɔde ne fie nnwinneɛ aba w’anim, na wo ne w’aberempɔn, wo yerenom ne wo mpenafoɔ anom mu nsa, na woakamfo dwetɛ ne sika, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, dua ne aboɔ anyame a wɔnhunu na wɔnteɛ na wɔnnim hwee no, na Onyankopɔn a wo home wɔ ne nsam a w’akwan nyinaa wɔ no deɛ, woanni no ni. Ɛno nti ɔno na ɔmaa nsa no firi bɛtwerɛɛ nkurukyireeɛ yi. Na atwerɛ a wɔakurukyire no nie: MENE, MENE, TEKEL, PARSIN. Asɛm no nkyerɛaseɛ nie: MENE, Onyankopɔn akan w’ahennie, na ɔde aba awieeɛ; TEKEL, wɔakari wo nsania mu, na wɔahu wo sɛ wonnu; PERES, wɔakyɛ w’ahennie mu de ama Mediafoɔ ne Persiafoɔ. Ɛnna Belsasar ka maa wɔfiraa Daniel ɔtankɔkɔɔ, na wɔde sika atweaban guu ne kɔn mu, na wɔpaee ne ho asɛm sɛ ɔbɛyɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi ahennie mu tumi. Anadwo no ara na wɔkumm Kaldeafoɔ hene Belsasar. Na Mediani Dario faa ahennie no, na wadi mfeɛ aduosia mmienu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛsɔɔ Dario ani sɛ ɔde amantam ahemfo ɔha aduonu bɛsisi n’ahennie no soɔ, sɛ wɔnni ahemman no nyinaa so ne wɔn so aberempɔn baasa a Daniel yɛ wɔn mu baako, sɛ amantam ahemfo no mmu akonta nkyerɛ wɔn, na ɔhene adeɛ ammɔ no. Na Daniel yi kyɛnee aberempɔn ne amantam ahemfo no, ɛfiri sɛ na honhom a ɛkyɛne soɔ wɔ ne mu. Na ɔhene no yɛɛ sɛ ɔde no bɛsi ahemman no nyinaa so. Ɛnna aberempɔn ne amantam ahemfo no hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya Daniel ho asɛm bie, ahennie no fam; nanso wɔannya asɛm anaa bɔne biara, ɛfiri sɛ na ɔdi nokorɛ, na wɔnhunu ne ho mfomsoɔ anaa bɔne biara. Ɛnna mmarima no kaa sɛ: Yɛrennya Daniel yi ho asɛm biara, gye sɛ yɛhunu bi ne Nyankopɔn mmara ho. Ɛnna aberempɔn ne amantam ahemfo no kɔtoaa ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔhene Dario nnya nkwa daa! Ahemman yi mu aberempɔn, mmakoma, amantam ahemfo, agyinatufoɔ ne amradofoɔ nyinaa atu agyina sɛ wɔde ɔhene mmara bɛbara na wɔahyɛ ɛmom mmaraden sɛ: Obiara a ɔbɛbisa onyame bi anaa onipa bi hɔ adeɛ biara adaduasa yi, gye wo, ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amena mu. Enti ɔhene, hyɛ ɛmom no den, na ma wɔnkurukyire atwerɛ a wɔrensakyera, sɛdeɛ Media ne Persia mmara a wɔnnane ani no teɛ no. Yei nti Ɔhene Dario maa wɔkurukyiree atwerɛ ne ɛmom no. Na Daniel tee sɛ wɔakurukyire atwerɛ no, ɔkɔɔ ne fie, nso na n’abansoro dan mu mpomma a ɛkyerɛ Yerusalem abuebue, na ɔkɔɔ ne nkotodwe anim da koro mprɛnsa, na ɔbɔɔ mpaeɛ daa ase, ne Nyankopɔn anim sɛdeɛ na ɔyɛ no kane no ara. Ɛnna mmarima yi bɛtoaa Daniel na wɔhunuu no sɛ ɔrebisa adeɛ koto srɛ Nyankopɔn anim. Ɛnna wɔtwe pinii bɛkaa ɔhene ɛmom no ho asɛm ɔhene anim sɛ: Woanhyɛ ɛmom sɛ onipa biara a ɔbɛbisa onyame anaa onipa biara hɔ adeɛ bi adaduasa yi, gye wo, ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amena mu? Ɔhene buaa sɛ: Asɛm no atim sɛdeɛ Media ne Persia mmara a wɔnnane ani no teɛ. Ɛnna wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Daniel a ɔfiri Yuda atukɔfoɔ mu no mmu wo, ɔhene, ne ɛmom a woahyɛ no, na ɔbɔɔ mpaeɛ srɛ adeɛ da koro mprɛnsa. Ɛnna ɔhene tee asɛm yi no, ɛyɛɛ no ya kɛseɛ, na ɔsuaee ne tirim sɛ ɔbɛgye Daniel, na ɔbɔɔ mmɔden ara kɔsii owiatɔberɛ sɛ ɔbɛgye no. Ɛnna mmarima no bɛtoaa ɔhene na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ao Ɔhene, hunu sɛ ɛyɛ Media ne Persia mmara sɛ ɛmom ne ahyɛdeɛ biara a ɔhene ahyɛ no, wɔnnane ani. Ɛnna ɔhene ka maa wɔkɔfaa Daniel baeɛ, na wɔtoo no twenee agyata amena no mu. Nso ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Wo Nyankopɔn a wosom no daa daa no, ɔno na ɔnnye woɔ. Na wɔde ɔboɔ bi ba bɛtoo amena no ano, na ɔhene de ne pɛtea, ne n’aberempɔn mpɛtea sɔɔ ano, na wɔansakyera Daniel ho adeɛ biara. Ɛnna ɔhene kɔɔ n’aban mu, na ɔdii abuada anadwo no, nso wamma wɔamfa n’anigyedeɛ amma n’anim, na n’ani soroe. Ɛnna ɔhene sɔree ahemadakye, na ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ agyata amena no ano. Na ɔbɛnee amena no ano no, ɔde awerɛhoɔ nne teaa mu frɛɛ Daniel. Ɔhene bisaa Daniel sɛ: Daniel, Onyankopɔn teasefoɔ no akoa, wo Nyankopɔn a wosom no daa no atumi agye wo afiri agyata no anomu anaa? Ɛnna Daniel ne ɔhene no kasaa sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa! Me Nyankopɔn asoma ne bɔfoɔ ama no abɛmuamua agyata no ano, na wɔanyɛ me hwee, ɛsiane sɛ wahu me sɛ medi bem n’anim, na wo, ɔhene, anim nso menyɛɛ bɔne biara. Ɛno na ɔhene bo tɔɔ ne yam kɛse, na ɔkaa sɛ wɔnyi Daniel mfiri amena no mu. Na wɔyii Daniel firii amena no mu baa soro, na wɔanhunu biribiara a ɛtii no, ɛfiri sɛ ɔde ne ho too ne Nyankopɔn so. Na ɔhene hyɛe maa wɔde mmarima a wɔtotoo Daniel ano no bae de wɔn bɛguu agyata amena no mu, wɔn ne wɔn mma ne wɔn yerenom; na wɔnnya nnuruu amena no aseɛ no, agyata no faa wɔn so, na wɔbobɔɔ wɔn nnompe nyinaa mu. Ɛnna Ɔhene Dario twerɛ kɔmaa aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa a wɔtete asase soɔ no nyinaa sɛ: Ɛnsi mo yie mmoroso. Mehyɛ mmara sɛ m’ahemman a medi so tumi nyinaa mu wɔmfɛre na wɔnsuro Daniel Nyankopɔn anim, na ɔno ne Onyankopɔn a ɔte aseɛ na ɔgyina hɔ daa, na n’ahennie yɛ deɛ ɛnsɛe da, na ne tumi bɛtena hɔ akɔsi aseɛ. Ɔne deɛ ɔyie na ɔgyeɛ, na ɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ɔsoro ne asase soɔ, ɔno na ɔyii Daniel firii agyata nsam. Na Daniel yi dii yie Dario ahennie ase ne Persiani Kores ahennie ase.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Babelhene Belsasar afe a ɛdi kan mu no, Daniel soo daeɛ bi na ɔhunuu ne tirim anisoadeɛ bi ne mpa so. Ɛnna ɔtwerɛɛ daeɛ no kaa nsɛm no mu ade titire. Daniel firii aseɛ sɛ: Mehunuu m’ani so adeɛ anadwo, na hwɛ, ɔsoro mframa nnan tu bɔe wɔ ɛpo kɛseɛ no so. Na mmoa akɛseɛ nnan pue firii ɛpo no mu, ɛsono oyi, na ɛsono oyi. Deɛ ɔdi kan no te sɛ gyata, na ɔwɔ ɔkɔdeɛ ntaban; mehwɛe ara kɔsii sɛ wɔtutuu ne ntaban no, na wɔmaa no so firii fam, na wɔmaa no gyinaa nan mmienu so sɛ onipa, na wɔmaa no onipa akoma. Na hwɛ, aboa foforɔ a ɔtɔ so mmienu te sɛ sisire na ɔgyinaa hɔ tɔ kɔɔ ɔfa baako so, na mpadeɛ mmiɛnsa hyɛ n’anomu ne se ntam, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre di nam bebree! Yei akyi, mehwɛe ara, na hwɛ, aboa foforɔ a ɔte sɛ ɔsebɔ, na n’akyi ɔwɔ anomaa ntaban nnan, na aboa no wɔ tiri nnan, na wɔmaa no tumi. Yei akyiri no, mede hwɛ ara anadwo adehunu mu, na hwɛ, aboa a ɔtɔ so nnan a ne ho yɛ hu ne nwanwa na ɔyɛ den boro soɔ nie. Ɔwɔ dadeɛ se akɛseɛ, na ɔdidi kekaa mu de ne nan pɛkyɛɛ nkaeɛ, na ɛsono no ne mmoa a wɔdii n’anim nyinaa, na ɔwɔ mmɛn du. Merehwɛ mmɛn no no, hwɛ, abɛn ketewa foforɔ bi puee wɔ wɔn ntam, na akane mmɛn no mu mmiɛnsa ase tutuu ɛno anim, na hwɛ, na aniwa a ɛte sɛ onipa aniwa ne ano a ɛkeka nsɛnkɛseɛ wɔ abɛn no ho. Mehwɛe ara kɔsii sɛ wɔsisii ahennwa, na deɛ ɔwɔ hɔ firi mmerɛ santen bɛtenaa ase, n’atadeɛ hoa sɛ nwera, na ne tirinwi hoa sɛ odwanten nwi fitafita; n’adwa yɛ ogyaframa ara nko, ne ntwahonan ogya a ɛrefranam. Ogya te sɛ asubɔnten sene firi n’anim bae, mpem mpem som no, na mpemdu mpemdu buburugyaa gyina n’anim, wɔtenaa ase sɛ wɔrebu atɛn, na wɔbuebuee nwoma no mu. Mehwɛe ara kɔsii sɛ ɛsiane nsɛm akɛseɛ a abɛn no kekaeɛ nti, wɔkumm aboa no, na wɔsɛee ne honam, na wɔde maa ogya a ɛrefranam no. Na mmoa a aka no nso, wɔgyee wɔn tumi, nanso wɔhyɛɛ wɔn berɛ ne dɔn a wɔn nkwa nna nkɔduro. Mehunuu anadwo anisoadehunu no mu ara, na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba nam ɔsoro mununkum mu reba, na ɔduruu deɛ ɔwɔ hɔ firi mmerɛ santen no nkyɛn, na wɔmaa no pinkyɛɛ n’anim. Na ɔno na wɔde tumi ne animuonyam ne ahennie maa no maa aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa som no; ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahennie yɛ deɛ ɛrensɛe da. Me, Daniel, me honhom bɔmee wɔ me honam mu, na m’anisoadehunu no haa me. Metwe pinii wɔn a wɔgyina hɔ no mu baako, na mebisaa no yei nyinaa ase; na ɔka kyerɛɛ me, na ɔmaa mehunuu nnoɔma no nkyerɛaseɛ. Mmoa akɛseɛ yi a wɔyɛ nnan yi yɛ ahemfo baanan a wɔbɛfiri asase soɔ asɔre agyina. Na ɔsorosoroni no ahotefoɔ bɛfa ahennie no, na wɔanya ahennie no daa daa mmerɛ santen. Ɛnna mepɛɛ sɛ mehunu nokorɛ a ɛfa aboa a ɔtɔ so nnan a ɛsono ɔno wɔn nyinaa mu a ne ho yɛ hu boro soɔ a ne se yɛ dadeɛ na ne bɔwerɛ yɛ kɔbere mfrafraeɛ a ɔdidi keka mu de ne nan pɛkyɛ nkaeɛ no ho asɛm no ase, ne ne tiri so mmɛn du ne foforɔ a ɛpueeɛ no a mmiɛnsa tutuu wɔ n’anim, abɛn no a ɛwɔ aniwa ne ano a ɛkeka nsɛnkɛseɛ, na wɔhwɛ a, ɔso sene ne mfɛfoɔ no deɛ; mehwɛe na saa abɛn no ne ahotefoɔ dii ako, na ɛtumii wɔn, kɔsii sɛ deɛ ɔwɔ hɔ firi mmerɛ santen no baeɛ, na wɔbuu ɔsorosoroni no ahotefoɔ no bem, na ɛberɛ a ɛsɛsɛ ahotefoɔ sɔ ahennie mu no durui. Ɔkaa sɛ: Aboa a ɔtɔ so nnan no bɛyɛ ahennie a ɛtɔ so nnan, asase so a ɛbɛsono ɛno, ahennie nyinaa mu, na ɛbɛmene asase nyinaa atiatia so abubu no asinasini. Na mmɛn du no, ahennie no ara mu na ahemfo du bɛsɔreɛ, na wɔn akyiri no, ɔfoforɔ bi bɛsɔre, na ɛbɛsono ɔno ne akanefoɔ no, na ɔbɛbrɛ ahemfo baasa ase. Na ɔbɛkeka nsɛm atia deɛ ɔwɔ Ɔsorosoro no, na ɔbɛha ɔsorosoroni no akronkronfoɔ, na ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛdane mmerɛ ne mmara, na wɔde wɔn bɛhyɛ ne nsa, mfeɛ mmiɛnsa ne fa. Na wɔbɛtena ase abu atɛn, na wɔagye ne nsam tumi asɛe no ama no ayera akɔsi aseɛ. Na wɔde ɔsoro nyinaa ase ahemman so ahennie ne tumi ne kɛseyɛ bɛma Ɔsorosoroni akronkronfoɔ man; n’ahennie yɛ daa ahennie, na tumi nyinaa bɛsom no na atie no. Ɛha na nsɛm no ase asie. Na me, Daniel deɛ, m’adwene haa me pii, na m’anim sakyerae, na mede asɛm no mesiee m’akoma mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɔhene Belsasar ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, wɔyii anisoadehunu bi kyerɛɛ me, Daniel, akane deɛ a wɔyi kyerɛɛ me no akyi. Na mehunuu no anisoadehunu no mu sɛ, na mewɔ Susa ahemfie a ɛwɔ Elam asase soɔ no mu. Na mehunuu no anisoadehunu no mu bio sɛ, na mewɔ Asuo Ulai ho. Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu gyina asuo no ano, na mmɛn no woware, na baako ware sene baako, na deɛ ɛwareɛ no na ɛdii akyire firiiɛ. Mehunuu odwennini no sɛ ɔrepempem kɔ atɔeɛ ne atifi fam ne anafoɔ fam, na aboa biara ntumi nnyina n’anim, na obi nni hɔ a ɔbɛgye obi afiri ne nsam, na ɔyɛ sɛdeɛ ɔpɛ, na ɔdi akokurokosɛm. Na m’ani gu so rehwɛ no, hwɛ, ɔpapo bi firi atɔeɛ bae a ɔnam asase nyinaa ani, na ne ho nka fam, na ɔpapo no wɔ abɛn a wɔhwɛ a, ɛso, n’ani ntam. Na ɔbaa odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu a mehunuu no sɛ ɔgyina asuo no ano no ho, na ɔde n’ahoɔden tuu mmirika hyiaa no. Na mehunuu no sɛ ɔduruu odwennini no nkyɛn no, n’ani beree ne so, na ɔpem odwennini no bubuu ne mmɛn mmienu no, na ahoɔden biara nni odwennini no mu sɛ ɔbɛgyina n’anim, na ɔtoo no twenee fam, na ɔtiatiaa ne so, na obiara nni hɔ a ɔbɛgye odwennini no afiri ne nsam. Na ɔpapo no yɛɛ kɛse kokuroo kɔduruu ne mpɔmpɔnsoɔ no, abɛn kɛseɛ no bui, na mmɛn nnan a wɔhwɛ a, ɛsosoo fifirii ananmu kyerɛkyerɛ ɔsoro mframa nnan. Na abɛn ketewa baako firi emu baako mu bae, na ɛyɛɛ kɛseɛ boroo so kyerɛɛ anafoɔ fam ne apueeɛ ne asase fɛfɛ no; na ɛyɛɛ kɛseɛ kɔpem ɔsoro asafo, na ɛtotoo asafo no bi ne nsoromma no bi guguu fam, na ɔtiatiaa wɔn so. Na ɔmaa ne ho so kɔduruu asafo no safohene so, na ɔyii daa afɔdeɛ no firii n’anim, na wɔtoo ne kronkron tenabea hwee fam. Na wɔde dɔm sii hɔ hyɛɛ daa som no mmarato mu, na ɔtoo nokorɛ twenee fam, na ɔdii yie wɔ adeɛ a ɔyɛɛ no mu. Na metee sɛ ɔkronkronni bi rekasa, na ɔkronkronni foforɔ no ka kyerɛɛ ɔbaako a ɔrekasa no sɛ: Da bɛn na daa som ne amamfoyɛ mmarato a wɔde kronkronbea ne asafo no ma sɛ wɔntiatia soɔ no ho adehunu no bɛkɔ akɔsie? Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛbɛkɔ akɔsi anwummerɛ ne anɔpa mpennu ahasa, ansa na wɔayɛ kronkronbea hɔ yie. Na me, Daniel, mehunuu anisoadeɛ no na merepere sɛ mɛte aseɛ no, hwɛ, na obi gyina m’anim, sɛ ɔbarima nsɛsoɔ, na metee onipa nne, Ulai nsunoa a ɔfrɛɛ sɛ: Gabriel, ma oyi nte adehunu no ase. Na ɔbaa deɛ megyina hɔ, na ɔbaeɛ no, mesuroe, na mede m’anim butuu fam. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: O onipa ba, te aseɛ, na adehunu no fa awieeɛ berɛ ho. Na ɔne me rekasa no, mebutuu fam daa nnahɔɔ, na ɔsɔɔ me mu de megyinaa me nan so bio. Na ɔse: Hwɛ, merema woahunu deɛ ɛbɛba abohuro no akyiri berɛ mu, na ɛfa awieeɛ berɛ a wɔahyɛ no ho. Odwennini a wohunuu no a ɔwɔ mmɛn mmienu no ne Media ne Persia ahemfo. Na ɔpapo a ɔyɛ werɛmfoɔ no ne Hela hene. Na abɛn kɛseɛ a ɛwɔ n’ani ntam no ne ɔhene a ɔdi kan. Na deɛ ɛbuiɛ a nnan fifiri sii ananmu no, ahennie nnan bɛsɔre ɔman no mu, nso ɛnnuru akane deɛ no ahoɔden. Na wɔn ahennie no akyire berɛ mu a mmaratofoɔ awie wɔn adeɛ yɛ no, ɔhene a n’ani yɛ den na ɔhunu nsɛm a emu yɛ kusuu mu no bɛsɔre. Na ne tumi mu bɛyɛ den, nso ɛnyɛ ɔno ara ne tumi; na ɔbɛsɛe adeɛ ama no ayɛ nwanwa, na ɔbɛdi yie na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ, na wasɛe ahoɔdenfoɔ ne akronkronfoɔ man no. Na n’aniteɛ nti ne nnaadaa bɛkɔ so ne nsam, na ɔbɛdi n’akoma mu akokurokosɛm na ɔbɛfiri nkurɔfoɔ bebree awora asɛe wɔn; na ɔbɛsɔre atia ahene mu hene no, nanso ɔbɛbubu a ɛnyɛ onipa nsa na ɛbɛbubu no. Na anwummerɛ ne anɔpa adehunu a wɔkaeɛ no yɛ nokorɛ. Enti sɔ anisoadehunu no ano, na ɛfa mmerɛ pii ho. Na me, Daniel, meyɛɛ siamoo, na meyaree nna bi, ansa na meresɔre mayɛ ɔhene adwuma, na adehunu no yɛɛ me ahodwiri, na obiara ante aseɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Akas-weros ba Dario a n’ase firi Media a ɔdii Kaldeafoɔ ahemman so hene no afe a ɛdi kan a ɔbɛdii hene mu no, na me, Daniel, meredwendwen AWURADE asɛm a ɛbaa Odiyifoɔ Yeremia hɔ sɛ ɔbɛma mfirinhyia aduɔson awie duru, Yerusalem amamfo soɔ no ho. Na mede m’ani too Awurade Nyankopɔn so, sɛ mede mmuada, ayitoma, nso ne nkotosrɛ bɛbɔ mpaeɛ. Na mebɔɔ AWURADE me Nyankopɔn mpaeɛ na mepaee mu mekaa sɛ: O AWURADE, Onyankopɔn kɛseɛ a ne ho yɛ hu a ɔkora apam ne adɔeɛ ma wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmara soɔ, yɛayɛ bɔne, na yɛafom, yɛadi abɔnefosɛm, na yɛate atua, yɛafiri wo mmara nsɛm ne w’atemmudeɛ ho kɔ. Na yɛantie wo nkoa adiyifoɔ a wɔde wo din kasa kyerɛɛ yɛn ahemfo, yɛn mmapɔmma ne yɛn agyanom ne asase no so man nyinaa no. Wo, AWURADE, na tenenee wɔ woɔ, na yɛn na animguaseɛ wɔ yɛn, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi, ma Yudafoɔ, Yerusalemfoɔ, Israelfoɔ a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirie, nsase a fom a wɔafom woɔ nti, wotuu wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa so. AWURADE, yɛn na animguaseɛ wɔ yɛn, yɛn ahemfo, yɛn mmapɔmma ne yɛn agyanom, sɛ yɛayɛ wo bɔne nti; AWURADE yɛn Nyankopɔn na mmɔborɔhunu ne fakyɛ wɔ no, na yɛate n’anim atua, na yɛantie AWURADE yɛn Nyankopɔn, sɛ yɛbɛnante ne mmara a ɔnam ne nkoa adiyifoɔ no so de sii yɛn anim no mu. Na Israel nyinaa ato wo mmara, na wɔmanee sɛ wɔrentie wo nne; na nnuabɔ ne ntam a wɔatwerɛ no Nyankopɔn akoa Mose mmara mu no ahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ no bɔne nti. Na wahyɛ n’asɛm a ɔka tiaa yɛn ne yɛn atemmufoɔ a wɔbuu yɛn atɛn no den, sɛ ɔde bɔne kɛseɛ a ebi mmaa wiase nyinaa pɛn sɛdeɛ ɛbaa Yerusalem no baa yɛn soɔ; sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara no mu no, saa bɔne yi nyinaa aba yɛn so; nanso yɛanhwehwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn anim, sɛ yɛbɛsane afiri yɛn amumuyɛ ho, na yɛatie wo nokorɛ. Yei na AWURADE atwɛn na berɛ a ɛsɛ mu no, ɔde atoyerɛnkyɛm aba yɛn soɔ; na AWURADE yɛn Nyankopɔn yɛ tenenee, ne nneyɛɛ a ɔyɛeɛ no nyinaa mu, na yɛantie ne nne. Na afei, AWURADE yɛn Nyankopɔn a wode nsa a ɛyɛ den yii wo man firii Misraim asase soɔ de agye din sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛadi asɛmmɔne. Ao AWURADE, sɛdeɛ wo tenenee nyinaa teɛ no, dane w’abufuo ne w’anibereɛ firi wo kuro Yerusalem, wo bepɔ kronkron no so ɛ! Na yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumuyɛ nti na Yerusalem ne wo man adane ahohoradeɛ ama wɔn a wɔtete yɛn ho nyinaa. Na afei, yɛn Nyankopɔn, tie w’akoa mpaebɔ ne ne nkotosrɛ, na ma w’anim nhyerɛn wo kronkronbea a ayɛ amamfo no so, wo, AWURADE nti. Me Nyankopɔn, brɛ w’aso ase tie, bue w’ani na hwɛ yɛn amamfo ne kuro a wɔabɔ wo din wɔ soɔ no, na ɛnyɛ yɛn tenenee so na yɛde yɛn nkotosrɛ reba w’anim yi, na mmom wo mmɔborɔhunu bebree ntira, Ao AWURADE, tie, Ao AWURADE, fakyɛ, Ao AWURADE, yɛ aso na yɛ! Ntwentwɛn wo nan ase, wo, me Nyankopɔn ara nti, na wo din na wɔbɔ frɛ wo kuro ne wo man. Na meda so merekasa na merebɔ mpaeɛ na mereka me bɔne ne me man Israel bɔne, na mede me nkotosrɛ mereto AWURADE me Nyankopɔn anim mama me Nyankopɔn bepɔ kronkron, na meda so merekasa me mpaebɔ mu no, Ɔbɔfoɔ Gabriel a mehunuu no anisoadehunu mu akane no tuu ntɛmntɛm bɛkaa me, anwummerɛ afɔrebɔ berɛ mu. Na ɔkyerɛkyerɛɛ me, na ɔne me kasaa sɛ: Daniel, afei na mafiri aba sɛ merebɛma woanya nhunumu. Wo nkotosrɛ mfitiaseɛ mu no, asɛm firi bae, na maba rebɛka akyerɛ wo, ɛfiri sɛ wɔdɔ wo sɛ; enti te asɛm no ase, na hunu adehunu no mu. Wɔahyɛ mfeɛ aduɔson ahodoɔ nson wɔ wo man ne wo kuro kronkron no so, sɛ wɔnwie mmarato na wɔmma bɔne nwie du, na wɔmpata amumuyɛ na wɔmfa daa tenenee mmra, na wɔnsɔ anisoadehunu ne adiyisɛm ano na wɔnsra akronkronneɛ mu ade kronkron. Enti hunu sɛ: Ɛfiri asɛm a ɛka sɛ wɔnsane nkyekyere Yerusalem nsi n’ananmu no soɔ de kɔsi ɔberempɔn a wɔasra no soɔ yɛ mfeɛ nson, na mfeɛ nson ahodoɔ aduosia mmienu, wɔbɛsane akyekyere, mmorɔno ne afasuo, nanso ahohiahia berɛ mu na ɛbɛyɛ. Saa berɛ no akyiri no, wɔbɛtwa deɛ wɔasra no no atwene a ɛrenka no hwee; na ɔberempɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kuro ne kronkronbea no, na n’awieeɛ bɛyɛ nyirisramsoɔ mu, na akodie bɛduru awieeɛ, amamfoyɛ a wɔahyɛ pintinn no. Na ɔne bebree bɛyɛ apam a emu yɛ den mfeɛ nson; na ɛberɛ no mfimfini ɔbɛma afɔrebɔ ne ayɛyɛadema agyae, na amamfoyɛ akyiwadeɛ no atifi na ɔsɛefoɔ bɛfiri bɛba, na ɛbɛkɔ so akɔsi sɛ ɔsɛeɛ pasaa a wɔahyɛ no pintinn bɛhwie agu amamfoyɛfoɔ no soɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Persiahene Kores afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, wɔyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel a wɔtoo ne din Beltesasar, na asɛm no yɛ nokorɛ, na ne nteaseɛ yɛ den, nanso ɔtee aseɛ ara, na ɔnyaa adehunu no mu nhunumu. Nna no mu na me, Daniel, me werɛ hoo nnawɔtwe mmiɛnsa; manni aduane a ɛyɛ dɛ, na nam ne nsa anka m’ano, nso mansra koraa kɔsii sɛ nnawɔtwe mmiɛnsa no wiee duro. Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so aduonu nnan no, na mewɔ asu kɛseɛ Hidekel a ɛne Tigris ano. Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi a ɔfira nwera na Ufas sika bɔ n’asene nie; na ne nipadua te sɛ sikabereɛboɔ, na n’anim te sɛ anyinam, na n’ani te sɛ ogyaframa, na n’abasa ne ne nan te sɛ yaawa a wɔahoa ho, na ne kasa nnyegyeeɛ te sɛ nnipa dodoɔ nne. Na me, Daniel, nko na mehunuu anisoadeɛ no, na mmarima a ɛka me ho no anhunu adeɛ no, nanso ehu kɛseɛ kaa wɔn, na wɔdwane kɔhuntae. Na ɛkaa me nko ara na mehunuu anisoadeɛ kɛseɛ yi, na ahoɔden biara anka me mu, na m’ahoɔfɛ dane yɛɛ mmɔbɔmmɔbɔ. Na metee ne nsɛm nne; na metee ne nsɛm nne no, na mehwee ase daa nnahɔɔ, na m’anim butuu fam. Na hwɛ, nsa bi bɛkaa me nyanee me maa meweaweaa me nankoroma ne me nsa so. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Daniel, ɔdɔfo, tie nsɛm a merebɛka makyerɛ woɔ yi, na gyina wo nan so, ɛfiri sɛ wɔasoma me wo nkyɛn. Na ɔne me kaa nsɛm yi no, mede ahopopoɔ megyinaa hɔ. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, Daniel, na ɛfiri da a wode w’akoma too soɔ sɛ wobɛte aseɛ na wobɛbrɛ wo ho ase wo Nyankopɔn anim no, wɔate wo nsɛm, na me nso, wo nsɛm nti na mebaeɛ. Na Persia ahemman bapɔmma siankaa me nnawɔtwe mmiɛnsa, na hwɛ, Mikael a ɔyɛ abɔfoɔ atitire no mu baako, ba bɛboaa me, na metenaa hɔ wɔ Persia ahemfo no nkyɛn. Na maba sɛ merebɛma woate deɛ ɛbɛyɛ wo man, nna a ɛdi akyire no mu. Na nna no ho anisoadehunu da so wɔ hɔ. Na ɔne me kaa nsɛm yi no, mede m’anim mesii fam, na metɔree mum. Na hwɛ, obi a ɔte sɛ nnipa mma nsɛsoɔ kaa m’anofafa, na mebuee m’ano mekasa ka kyerɛɛ deɛ ɔgyinaa m’anim no sɛ: Owura, anisoadehunu no mu maboto ahima, na ahoɔden biara nni me mu; na ɛbɛyɛ dɛn na me wura akoa yi bɛtumi ne me wura yi akasa? Ɛfiri sɛ, afei deɛ ahoɔden biara nni me mu, na home biara nso nni me mu. Na obi a ɔte sɛ onipa nsɛsoɔ sane bɛkaa me bio, na ɔhyɛɛ me den; na ɔse: Nsuro, ɔdɔfo, asomdwoeɛ nka wo, yɛ den! Yɛ den! Na ɔne me kasaeɛ no, mehyɛɛ me ho den, na mese: Ma me wura nkasa, ɛfiri sɛ woahyɛ me den. Na ɔse: Wonim deɛ enti a mebaa wo nkyɛn? Na afei na mɛsane ne Persia bapɔmma no akɔko; na merebɛfiri makɔ a, hwɛ, Hela bapɔmma no bɛba. Nanso merekyerɛ wo deɛ wɔakurukyire no nokorɛ nwoma mu, na obiara nni hɔ a ɔbɛgyina asɔ me mu atia yeinom gye Mikael, mo bapɔmma no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na me deɛ, Mediani Dario afe a ɛdi kan mu no megyinaa sɛ meresɔ ne mu na mahyɛ no den. Na afei na merekyerɛ wo nokorɛ no: Hwɛ, ahemfo baasa bɛda so asɔre wɔ Persia, na deɛ ɔtɔ so nnan no bɛnya ahonyadeɛ kɛse asene wɔn nyinaa, na sɛ ɔnya n’ahonyadeɛ no mu ahoɔden a, ɔbɛhwanyan ade nyinaa atia Hela ahemman. Na ɔhene dɔmmarima bi bɛsɔre, na ɔde tumi kɛseɛ bɛdi hene, na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ. Na ɔgyina a, n’ahennie bɛbɔ, na wɔakyɛ mu akɔ ɔsoro mframa nnan no mu; nanso wɔremfa mma n’asefoɔ, na ɛrenyɛ sɛ ne tumi a ɔde dii hene no; na wɔbɛtutu n’ahennie de ama afoforɔ na ɛnyɛ yeinom. Na anafoɔ fam hene no bɛyɛ den, nanso ne mmapɔmma mu baako bɛyɛ den akyɛne no, na wanya tumi; na ne tumi bɛyɛ tumi kɛseɛ. Na mfeɛ bi akyiri no, wɔbɛfefa wɔn ho ayɔnkoɔ, na anafoɔ fam hene no babaa aba atifi fam hene nkyɛn sɛ ɔne no rebɛyɛ asomdwoeɛ apam; nanso ɔbaa no renkura ne basa ahoɔden no mu, na ɔbarima no ne ne basa nso rennyina; na wɔbɛyi ɔbaa no ne wɔn a wɔde no baeɛ, deɛ ɔwoo no ne deɛ ɔsɔɔ no mu, mmerɛ no mu no ama. Na ɔbaa no nhini mu duban bi a ɛfefɛeɛ bɛsɔre asi n’ananmu, na ɔde dɔm bɛba, na wabɛhyɛne atifi fam hene no abankɛseɛ mu, na ɔne wɔn ako na wadi wɔn so. Na ɔbɛfa wɔn anyame nso ne wɔn guo ahoni ne wɔn dwetɛ ne sika nnwinneɛ afɛfɛ nnommum akɔ Misraim. Na mfeɛ bi ɔbɛtwe ne ho afiri atifi fam hene no ho. Na ɔbɛba anafoɔ fam hene no ahennie mu deɛ, nanso ɔbɛsane akɔ n’asase so. Na ne mma bɛdi ako, na wɔbɛboa dɔm akɛseɛ asafo yuu ano, na ɔbaako bɛba sɛ nsuo a ayiri asram so, na ɔbɛsane adi ako akɔduru n’abankɛseɛ ho. Na anafoɔ fam hene no ani bɛbere, na ɔbɛfiri aba ne ɔno atifi fam hene no abɛko. Na atifi fam hene de asafo yuu kɛseɛ bɛgyina hɔ, nanso wɔbɛdi nkoguo. Na anafoɔ hene asafo yuu no bɛsɔre, na n’akoma ama ne ho so, na ɔbɛka mpem du du agu fam, nanso ɔrenni nim nkyɛre. Na atifi fam hene no bɛsane de asafo yuu a ɛso sene kane deɛ no abɛgyina hɔ, na mfeɛ bi akyiri no, ɔde dɔm kɛseɛ ne ade pii bɛba anafoɔ hene so. Na mmerɛ no mu no, nnipa pii bɛsɔre atia anafoɔ fam hene no, na wo man atuatefoɔ bi bɛma wɔn ho so sɛ wɔrema anisoadehunu no atim, nanso wɔbɛhwehwe ase. Na atifi fam hene no bɛba, na wabɛhɔre dosie, na wafa kuro bi a ɛyɛ den, na anafoɔ fam abasa rentumi nnyina, na ne man a wɔayi wɔn nso rennya ahoɔden nnyina. Na deɛ ɔba ne soɔ no bɛyɛ sɛdeɛ ɔpɛ, na obiara nni hɔ a ɔbɛgyina n’anim; na ɔbɛgyina asase fɛfɛ no so, na ɔde ne nsa asɛe no. Na ɔde bɛsi n’anim sɛ ɔde n’ahemman nyinaa mu ahoɔden bɛba, na ɔne no abɛyɛ asomdwoeɛ apam. Na ɔde mmaa no mu bi bɛma no de asɛe ahemman no; nanso ɛrennyina, na ɛrenyɛ no mfasoɔ biara. Na ɔbɛdane n’ani akyerɛ nsuano aman, na ɔbɛfa bebree. Na ɔsafohene bi bɛma no agyae ahohora no bɔ, na mpo wadane ahohora no agu ɔno ara ne so. Na ɔbɛdane n’ani akyerɛ ɔno ara n’asase so abankɛseɛ, nanso ɔbɛsunti ahwe ase, na wɔrenhu no. Na obi bɛsɔre asi n’ananmu a ɔbɛma ɔtogyefoɔ pempensifoɔ bi abɛfa ahemman no animuonyanneɛ mu akorɔ, nanso nna kakraa bi mu wɔbɛsɛe no, nso ɛnyɛ abufuo anaa ɔsa mu. Na ɔhohorani bi bɛsɔre asi n’ananmu a wɔmfaa ahennie mu animuonyam mmaa no; na ɔbɛfiri awora aba de tɛkyerɛmakyene abɛfa ahennie no mu. Na wɔde abasa a ɛte sɛ nsuyire bɛpia wɔn akɔ na wɔabubu wɔn ne apam berempɔn no nso wɔ n’anim. Nanso ɔne no pam wie a, ɔbɛtwa no nkontompo, na watu aba de wɔn dɔm ketewa bi abɛdi nim; ɔbɛfiri awora aba asase no so deɛ ɛhɔ yɛ fɔɔfɔɔ, na wabɛyɛ deɛ n’agyanom ne ne nananom nyɛɛ da, ɔbɛpete afom adeɛ ne asadeɛ ne ahodeɛ ama wɔn, na ɔbɛbɔ ne tirim pɔ, aban a ɛyɛ den no ho akɔduru berɛ bi so. Na ɔde dɔm kɛseɛ bɛkanyan n’ahoɔden ne mmaninyɛ atia anafoɔ fam hene no, na anafoɔ fam hene no de dɔm a ɛyɛ den bebree pa bɛtu sa, na ɔrennyina, ɛfiri sɛ wɔakɔ ne tiri so apam. Na wɔn a wɔne no to nsa didie na ɛbɛsɛe no, na wɔapia ne dɔm akɔ, na nnipa bebree bɛtotɔ. Na ahemfo baanu no deɛ, wɔn akoma bɛdwene asɛmmɔne na wɔaka atorosɛm didipono baako ho; nanso ɛrenyɛ wɔn mfasoɔ biara, ɛfiri sɛ awieeɛ no bɛba ara ɛberɛ a wɔahyɛ no mu. Na atifi hene no de ahodeɛ kɛseɛ bɛsane akɔ n’asase so, nanso n’ani bɛsa apam kronkron no ara, na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ na wasane akɔ n’asase so. Berɛ a wɔahyɛ no mu, ɔbɛsane aba anafoɔ fam, nanso akyire deɛ no renyɛ sɛ kane deɛ no. Na Kitifoɔ ahyɛn bɛba ne so; enti n’akoma bɛtu na wasane, na ne bo bɛhuru apam kronkron no, na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ, na wasane na n’ani aba wɔn a wɔgyaa apam kronkron no so. Na ɔde asraafoɔ bɛsisi hɔ, na wɔagu kronkronbea ne aban no ho fi, na wɔayi daa afɔdeɛ no hɔ, na wɔde akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman no asi hɔ. Na wɔn a wɔbɔ apam no ho mmusuo no, ɔde tɛkyerɛmakyene bɛsɛe wɔn ara; nanso wɔn a wɔnim wɔn Nyankopɔn no bɛhyɛ wɔn ho den, na wɔayɛ adeɛ. Na ɔman no mu wɔn a wɔnim de no bɛma nnipa bebree anya nhunumu, nanso wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano ne ogyaframa mu, nnommumfa ne ɛfomfa mu, nna bi. Na sɛ wɔtotɔ saa a, wɔde mmoa ketewaa bi na ɛbɛboa wɔn, na nnipa bebree de adɔkɔdɔkɔsɛm bɛbata wɔn ho. Na mmadwemma no bi bɛtotɔ na wɔde ayi wɔn mu fi de ate wɔn ho ahoa wɔn ho fitaa akɔsi awieeɛ berɛ no, ɛfiri sɛ ɛberɛ a wɔahyɛ no bɛba ara. Na ɔhene no bɛyɛ deɛ ɔpɛ, na ɔbɛma ne ho so adi onyame biara so akokurokosɛm, na ɔbɛka anwanwasɛm atia anyame mu Nyame no, na ɛbɛsi no yie akɔsi sɛ wɔbɛda abufuo no adi awie; na deɛ wɔahyɛ no pintinn no, wɔbɛyɛ. Na ɔremmu ne nananom anyame, na ɔremmu mmaa anigyedeɛ no ne onyame biara, na ɔbɛdi ade nyinaa so akokurokosɛm. Na ɔbɛdi abandenden nyame no ni asi wɔn ananmu, na onyame a ne nananom nnim no no, ɔde sika ne dwetɛ ne abohene ne afɛfɛdeɛ bɛdi no ni. Na ɔde onyame nanani bi na ɛne abandenden a ɛyɛ den koraa no bɛdie; deɛ ɔbu no no, ɔbɛma n’animuonyam ayɛ kɛseɛ na wama no adi nkurɔfoɔ bebree so, na wakyɛ asase de ayɛ akatua. Na awieeɛ berɛ no mu na anafoɔ fam hene no ne no de bɛbɔ anim, na atifi fam hene no de nteaseɛnam ne apɔnkɔfoɔ ne ahyɛn bebree bɛtu aba ne so sɛ ahum, na waba nsase no so sɛ nsuo a ayiri asram so. Na ɔbɛba asase fɛfɛ no so, na nnipa bebree bɛtotɔ; na yeinom bɛfiri ne nsam afi: Edom ne Moab ne Amonfoɔ mu fa titire. Na ɔbɛtene ne nsa nsase no so, na Misraim asase remfiri mu mfi, na ɔbɛnya sika ne dwetɛ akoradeɛ ne Misraim afɛfɛdeɛ nyinaa adi so, na Libiafoɔ ne Etiopiafoɔ bɛdi n’anammɔn akyi. Nanso nsɛm a ɔbɛte afiri apueeɛ ne atifi fam bɛyi no hu, na ɔde anibereɛ kɛseɛ bɛfiri akɔ sɛ ɔrekɔsɛe na wadwerɛ nnipa bebree. Na ɔbɛsi n’ahemfie ntomadan ɛpo no ne bepɔ fɛfɛ kronkron no ntam, nanso n’awieeɛ bɛba a obiara nni hɔ a ɔbɛdi aboa no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛberɛ no mu na Mikael, ɔbɔfoɔ titire a ɔgyina hɔ ma wo man mma no bɛsɔre agyina. Na ɛbɛyɛ ahohiahia berɛ a ɛfirii sɛ ɔman baeɛ no bɛsi berɛ no soɔ ɛmmaa da, na ɛberɛ no mu na wɔbɛgye wo manfoɔ afiri mu, obiara a wɔbɛhunu sɛ wɔatwerɛ ne din nwoma no mu no. Na wɔn a wɔadeda fam dɔteɛ mu no bebree bɛnyane, ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom akɔ ahohoradeɛ ne daa ahiyie mu. Na mmadwemma no bɛhyerɛn sɛdeɛ ewiem hyerɛn, na wɔn a wɔdane nnipa bebree kɔɔ tenenee mu no bɛyɛ sɛ nsoromma daa daapem. Na wo, Daniel, toto nsɛm no mu na sɔ nwoma no ano kɔduru awieeɛ berɛ no so; nnipa bebree bɛdwane adi akɔneaba, na nimdeɛ adɔɔso. Na me, Daniel, mehwɛe, na hwɛ, na mmarima baanu foforɔ gyina hɔ, ɔbaako wɔ asubɔnten no nsunoa ha, na ɔbaako wɔ asubɔnten no nsunoa ha. Na ɔbaako ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔfira nwera a ɔwɔ asubɔnten no atifi no sɛ: Da bɛn na anwanwadeɛ no awieeɛ bɛba mu? Na metee onipa a ɔfira nwera a ɔwɔ asubɔnten no soɔ no nka, na ɔmaa ne nifa ne ne benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkaa deɛ ɔte ase daa no ho ntam sɛ ɛnkɔduru berɛ, mfeɛ mmiɛnsa ne fa, na sɛ wɔpansam ɔman kronkron no tumi wie a, wɔbɛwie yeinom nyinaa. Na metee, na mante aseɛ, na mese: Me wura, nnoɔma yi awieeɛ bɛsi sɛn? Na ɔse: Daniel, kɔ ɛ, na wɔatoto nsɛm no mu asɔ ano de rekɔsi awieeɛ berɛ no so. Wɔbɛte nnipa bebree ho ahoa wɔn ho ama wɔapɔ, na abɔnefoɔ bɛkɔ so ara adi asɛmmɔne, na abɔnefoɔ nyinaa rente aseɛ, na mmadwemma na ɛbɛte aseɛ. Na ɛfiri berɛ a wɔbɛyi daa afɔdeɛ na wɔde akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman asi hɔ no yɛ nna apem ahanu aduɔkron. Nhyira ne deɛ ɔtwɛn na ɔkɔduru nna apem ahasa aduasa nnum no soɔ. Na wo Daniel deɛ kɔ kɔduru awieeɛ, na woakɔhome na wɔasɔre akɔnya wo kyɛfa, nna a ɛdi akyire no mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Paulo a ɛmfiri nnipa, nso ɛnnam onipa bi so, na mmom ɛnam Yesu Kristo ne Agya Nyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no so na ɔyɛ ɔsomafoɔ ne anuanom a wɔka me ho nyinaa de kɔma Galatia asafo ahodoɔ: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Ɔno na yɛn bɔne nti ɔde ne ho maeɛ na wayi yɛn afiri wiase bɔne yi mu, sɛdeɛ yɛn Agya Nyankopɔn pɛ no teɛ. Ɔno na animuonyam nka no mmeresanten mfesanten. Amen. Ɛyɛ me nwanwa sɛ moatwe mo ho ntɛm saa afiri deɛ wafrɛ mo Kristo adom mu no ho kɔ asɛmpa foforɔ bi mu a nso ɛnyɛ asɛmpa foforɔ biara; na mmom nnipa bi wɔ hɔ a wɔha mo na wɔpɛ sɛ wɔsesa Kristo asɛmpa no. Na sɛ mpo yɛn anaa abɔfoɔ bi firi soro ba bɛka asɛmpa foforɔ bi kyerɛ mo, ka deɛ yɛka kyerɛɛ mo no ho a, ɔnnue! Sɛdeɛ yɛkaa no kane no, saa ara na afei mereka bio, sɛ obi ba bɛka asɛmpa foforɔ bi kyerɛ mo ka deɛ moagyeɛ no ho a, ɔnnue! Na afei anim pa na merehwehwɛ afiri nnipa hɔ anaasɛ sɛ Onyankopɔn hɔ? Anaasɛ mehwehwɛ sɛ mesɔ nnipa ani anaa? Sɛ meda so mesɔ nnipa ani a, ɛnneɛ na menyɛ Kristo akoa. Na anuanom, merema moahunu sɛ, asɛmpa a mekaeɛ no nte sɛ nnipa adeɛ; ɛfiri sɛ ɛnyɛ nnipa nkyɛn na megyee no, nso wɔamfa ankyerɛkyerɛ me, na mmom Yesu Kristo na ɔdaa no adi kyerɛɛ me. Na moate abrabɔ a akane no na mebɔ no wɔ Yudafoɔ som mu, sɛdeɛ metaataa Nyankopɔn asafo maa no boroo soɔ, na mesɛee wɔn, na menyaa nkɔsoɔ Yudafoɔ som mu kyɛnee m’atipɛnfoɔ bebree m’abusua mu, na mebɔɔ agyanom atetesɛm ho mmɔden bebree maa no traa so. Na ɛsɔɔ deɛ ɔyii me firii me na yam, na ɔnam n’adom so afrɛ me no ani sɛ ɔbɛda ne Ba adi me mu no, sɛ menka ne ho asɛmpa menkyerɛ amanaman no, ntɛm ara mene honam ne mogya antu agyina, nso mankɔ Yerusalem wɔn a wɔdii m’anim yɛɛ asomafoɔ no nkyɛn, na mmom mekɔɔ Arabia, na mesane mebaa Damasko bio. Ɛnna mfeɛ mmiɛnsa akyiri no, mekɔɔ Yerusalem sɛ merekɔhwɛ Kefa anim, na medii ne nkyɛn dadu nnanum, na asomafoɔ a ɛkeka ho no deɛ manhunu wɔn mu biara, gye Awurade nua Yakobo. Na deɛ meretwerɛ mo yi, hwɛ, Nyankopɔn anim, merenni atorɔ. Ɛno akyiri no, mebaa Siria ne Kilikia fam. Na Yudea asafo a wɔwɔ Kristo mu no nnim m’anim; na teɛ nko ara na na wɔate sɛ, deɛ anka kane no ɔtaa yɛn no, afei deɛ, ɔka gyidie a akane no na ɔsɛe no no ho asɛmpa. Na me nti wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna ɛno akyiri mfeɛ dunan me ne Barnaba kɔɔ Yerusalem bio, na mefaa Tito nso kaa me ho. Na menam adiyie so na mekɔeɛ, na mede asɛmpa a meka no amanaman mu no metoo wɔn anim, (ɛne wɔn a wɔwɔ din no anim kɔkoam), na ammirika a metuo anaa metuiɛ no anyɛ kwa. Na Tito a ɔka me ho a ɔyɛ Helani no mpo wɔanhyɛ no sɛ ɔntwa twetia. Na ɛyɛ anuanom atorofoɔ a wɔfiri baabi baeɛ no ntira; wɔn na wɔawiawia wɔn ho aba mu sɛ wɔrebɛhwehwɛ yɛn adehyedie a yɛwɔ no Kristo mu no ho akwan, na wɔde yɛn akɔ nkoayɛ mu. Wɔn deɛ, yɛammrɛ yɛn ho ase amma wɔn kwan dɔnhwere baako mpo, na asɛmpa no nokorɛ no akɔ so atena mo mu. Na wɔn a wɔbu wɔn sɛ wɔwɔ din no, (deɛ wɔteɛ biara, ɛmfa me ho hwee; Onyankopɔn nhwɛ onipa anim nyiyi mu), na me deɛ, wɔn a wɔwɔ din no amfa biribiara anka me ho, na mmom wɔhunuu sɛ, wɔde momonotofoɔ mu asɛmpaka ahyɛ me nsa, sɛdeɛ wɔde twetiatwafoɔ mu deɛ ama Petro no; (na deɛ ɔnam Petro so dii dwuma twetiatwafoɔ mu somafosom mu no, nam me nso me so dii dwuma amanaman mufoɔ mu). Na wɔhunuu adom a wɔde ama me no, Yakobo ne Kefa ne Yohane a wɔbu wɔn sɛ adum no tenee ayɔnkoyɛ nsa nifa maa me ne Barnaba, sɛ yɛnkɔka asɛm no amanaman mufoɔ mu, na wɔn deɛ, wɔnka no twetiatwafoɔ mu, gye ahiafoɔ nko ara na wɔsrɛɛ sɛ yɛnkae wɔn. Na ɛno nso na mebɔɔ ho mmɔden sɛ mɛyɛ. Na Kefa baa Antiokia no, megyinaa n’anim kasa tiaa no ɛfiri sɛ na wadi mfomsoɔ bi. Ɛnne sɛ, na nnipa bi a wɔfiri Yakobo nkyɛn no nnya mmaeɛ no, na ɔne amanaman mufoɔ didi; na wɔbaeɛ no, ɔtwee ne ho tee ne ho firii wɔn ho, ɛfiri sɛ na ɔsuro wɔn a wɔfiri twetiatwafoɔ mu no. Na Yudafoɔ a aka no ne no yɛɛ nkɔnkɔnsa bi maa wɔn nkɔnkɔnsa no twee Barnaba nso kɔɔ bi. Na mehunuu sɛ, wɔnnante tee sɛdeɛ asɛmpa no nokorɛ teɛ no, meka mekyerɛɛ Kefa wɔ wɔn nyinaa anim sɛ: Sɛ wo a woyɛ Yudani, wobɔ wo bra sɛ amanaman muni, na ɛnyɛ sɛ Yudani a, adɛn na wohyɛ amanaman mufoɔ sɛ wɔnyɛ sɛ Yudafoɔ? Yɛn deɛ, yɛfiri yɛn awosuo mu yɛ Yudafoɔ, na yɛnyɛ amanaman mu nnebɔneyɛfoɔ. Na yɛnim sɛ wɔmfiri mmara nnwuma mu na wɔbu onipa bem, gye sɛ ɛnam Yesu Kristo gyidie mu nti, yɛn nso, yɛagye Kristo Yesu adi; na wɔafiri Kristo gyidie mu abu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara nnwuma mu, ɛfiri sɛ wɔremfiri mmara nnwuma mu mmu honam biara bem. Na yɛn a yɛhwehwɛ sɛ wɔbu yɛn bem Kristo mu no, sɛ wɔhu yɛn nso sɛ nnebɔneyɛfoɔ a, ɛnneɛ na Kristo yɛ adebɔne somfo anaa? Dabi da. Na sɛ meto deɛ madwiri maguo no bio a, na meyɛ me ho sɛ mmaratoni. Na me deɛ, menam mmara no so mewu memaa mmara na matena ase mama Onyankopɔn. Wɔabɔ me ne Kristo asɛnnua mu; na m’ase a meteɛ yi deɛ, ɛnyɛ me bio, na Kristo na ɔte ase wɔ me mu; na m’ase a mete honam mu yi, mete no Nyankopɔn Ba a ɔdɔ me na ɔde ne ho ama me no ho gyidie mu. Mempo Nyankopɔn adom no; ɛfiri sɛ, sɛ tenenee nam mmara so na ɛba a, ɛnneɛ na Kristo awu kwa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
O, Galatifoɔ a moyɛ adwenharefoɔ! Hwan na wadaadaa mo saa, mo ampa ara wɔde Yesu Kristo a wɔabɔ no asɛnnua mu agyina mo anim akyerɛ pefee paa nie? Yei nko ara na mepɛ sɛ mete firi mo anomu: Monam mmara nnwuma so na monyaa Honhom no, anaasɛ ɛnam gyidie (asɛmpa) a moteeɛ no so? Saa na moyɛ adwenhare? Mode honhom afiti aseɛ, afei adɛn na morewie wɔ honam mu yi? Mohunuu saa amaneɛ bebree yi kwa; sɛ ɛyɛ ɔkwa dea a, ɛnneɛ na deɛ ɔde Honhom no ma mo na ɔyɛ mo mu tumideɛ no, na ɔnam mmara nnwuma so na ɔyɛ, anaasɛ ɔnam gyidie (asɛmpa) a moteeɛ no so? Na sɛdeɛ Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ na wɔbuu no tenenee maa no no, saa ara nso na monhunu sɛ wɔn a wɔfiri gyidie mu no, wɔn ara ne Abraham mma. Na atwerɛ no dii kan hunuu sɛ Onyankopɔn firi gyidie mu na ɔbɛbu amanaman bem nti, ɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ Abraham sɛ: Wo mu na wɔbɛhyira amanaman nyinaa. Ɛnneɛ na wɔn a wɔfiri gyidie mu no, wɔhyira wɔn ne gyidini Abraham bɔ mu. Na dodoɔ a wɔde wɔn ho to mmara nnwuma soɔ no hyɛ nnome ase; ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔadome obiara a ɔnkɔ so ara ntena deɛ wɔatwerɛ no mmara nwoma no mu nyinaa, na ɔnyɛ no. Na ɛda adi pefee sɛ, mmara mu deɛ, obiara ntene Nyankopɔn anim, ɛfiri sɛ gyidie mu na ɔteneneeni bɛnya nkwa. Ɛwom sɛ mmara mfiri gyidie mu deɛ, nanso deɛ ɔdi soɔ no bɛnya mu nkwa. Wɔde Kristo yɛɛ abusudeɛ maa yɛn, ama no atɔ yɛn afiri mmara nnome mu, ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔadome obiara a ɔsɛne dua soɔ, na ama Abraham nhyira aba amanaman so wɔ Yesu Kristo mu, na yɛnam gyidie so anya Honhom bɔhyɛ no. Anuanom, mede deɛ yɛhu no daa no reyɛ mfatoho: Onipa samanseɛ a wɔde nsa ahyɛ aseɛ mpo, obiara ntumi nsesa no, na ɔmmfa bi nka ho. Na Abraham ne n’aseni na wɔhyehyɛɛ wɔn bɔ. Ɔnka sɛ: Na w’asefoɔ, sɛdeɛ ɛyɛ nnipa bebree, na mmom ɔse ɔbaako: Na w’aseni, a ɔne Kristo. Na yei na mereka: Apam a Onyankopɔn ahyɛ no den asie (Kristo mu) no, mmara a mfeɛ ahanan aduasa akyiri ɛbaeɛ no ntumi ntu ngu, na ɛmma bɔhyɛ no nyɛ ɔkwa. Na sɛ apɛgyadeɛ no firi mmara mu a, ɛnneɛ na ɛmfiri bɔhyɛ mu bio; na Abraham deɛ bɔhyɛ so na Onyankopɔn nam de kyɛɛ no. Na afei, mmara no ne deɛn? Mmara atotoatoto nti na wɔde kaa ho, kɔsi sɛ aseni a wɔhyɛɛ bɔ maa no no bɛba; na wɔnam abɔfoɔ so na ɛhyehyɛeɛ wɔ ntamgyinafoɔ bi nsa mu. Na ntamgyinafoɔ deɛ, ɔnyɛ ɔbaako dea; na Onyankopɔn deɛ, ɔyɛ ɔbaako. Ɛnneɛ na mmara tia Nyankopɔn bɔhyɛ anaa? Dabi da. Sɛ wɔmaa mmara bi a ɛbɛtumi ama nkwa deɛ a, anka tenenee firi mmara mu ampa. Nanso atwerɛ no aka nnoɔma nyinaa ahyɛ bɔne ase sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔde bɔhyɛ no afiri Yesu Kristo ho gyidie mu ama wɔn a wɔgye die. Na gyidie nnya mmaeɛ no, wɔde yɛn siee mmara ase wɛnn yɛn maa gyidie a wɔrebɛyi no adi akyerɛ no. Enti, na mmara no yɛ yɛn hwɛfoɔ a ɛkyerɛɛ yɛn Kristo nkyɛn kwan, na ama wɔafiri gyidie mu abu yɛn bem. Afei gyidie aba yi, yɛnhyɛ ɔhwɛfoɔ no ase bio, na mmom, mo nyinaa nam gyidie so yɛ Nyankopɔn mma, Kristo Yesu mu. Ɛfiri sɛ, mo mu dodoɔ a wɔabɔ mo asu kɔ Kristo mu no, moahyɛ Kristo. Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbaa nni hɔ bio; ɛfiri sɛ mo nyinaa yɛ baako, Kristo Yesu mu. Na sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnneɛ na moyɛ Abraham asefoɔ, na monam bɔhyɛ no so yɛ adedifoɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na mese: Ɔdedifoɔ no yɛ akɔkoaa yi, ɔyɛ nnoɔma nyinaa wura deɛ, nanso nsonsonoeɛ biara nna ɔne akoa ntam; na mmom ɔwɔ ahwɛfoɔ ne afiesohwɛfoɔ ase de kɔsi da a agya no ahyɛ asie. Sɛ yɛteɛ ara ne no. Yɛyɛ nkɔkoaa no, wɔde yɛn yɛɛ nkoa hyɛɛ wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ ase, na ɛberɛ no wiee duro no, Onyankopɔn somaa ne ba a ɔbaa woo no maa wɔwoo no mmara ase, sɛ ɔmmɛgye wɔn a wɔwɔ mmara ase no, na wɔafa yɛn ayɛ mma. Na sɛ moyɛ mma nti, Onyankopɔn asoma ne Ba honhom aba mo akoma mu a ɔteam sɛ: Abba, Agya! Enti wonyɛ akoa bio, na mmom ɔba; na sɛ woyɛ ɔba a, wonam Nyankopɔn so yɛ ɔdedifoɔ nso bi. Nanso ɛberɛ a monnim Onyankopɔn no, mosom wɔn a wɔn su mu wɔnyɛ anyame no sɛ nkoa. Na afei a moahunu Onyankopɔn, anaasɛ Onyankopɔn mmom ahu mo yi, adɛn na moasane mo akyiri bio kɔ honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ mmerɛ, na ɛdi hia no ho, na mopɛ sɛ mofiri aseɛ foforɔ som bio? Mobu nna ne abosome ne mmerɛ ne mfeɛ. Mesuro wɔ mo ho sɛ ebia maha me ho mama mo kwa. Anuanom, mesrɛ mo, monyɛ sɛ me, ɛfiri sɛ me nso mayɛ sɛ mo. Moanyɛ me bɔne biara, nso monim sɛ honam mmerɛyɛ so na mekaa asɛmpa no mekyerɛɛ mo kane no, na deɛ ɛyɛɛ sɔhwɛ maa mo me honam mu no, moannwoodwoo me, nso moankyiri me, na mmom mogyee me sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ, aane, sɛ Kristo Yesu no ara. Na afei mo ahosɛpɛ no wɔ he? Ɛfiri sɛ medi mo adanseɛ sɛ, sɛ ɛbɛtumi a, anka motutuu mo ani maa me. Na sɛ meka nokorɛ mekyerɛ mo nti, madane mo tamfoɔ anaa? Ayɛ sɛ deɛ ebinom pɛ mo yiedie ara ma, nanso wɔpɛ sɛ wɔsi mo kwan, na moapere ahwehwɛ wɔn mmom. Nanso ɛyɛ sɛ anka wɔbɔ mo yiedie ho mmɔden daa na ɛnyɛ berɛ a me ne mo wɔ hɔ nko. Ao, me mma nkumaa a mereko mo awoɔ bio kɔsi sɛ wɔbɛwie Kristo suyɛ wɔ mo mu, anka mepɛ sɛ mewɔ mo nkyɛn seesei, na mesakyera me nne, ɛfiri sɛ me tirim ntene me wɔ mo ho. Mo a mopɛ sɛ mohyɛ mmara aseɛ, monka nkyerɛ me: Monte deɛ mmara no ka anaa? Na wɔatwerɛ sɛ na Abraham wɔ mmammarima baanu, ɔbaako yɛ afenaa ba, na ɔbaako yɛ ɔdehyeɛ ba. Na deɛ ɔyɛ afenaa ba no, wɔwoo no honam kwan so, na ɔdehyeɛ ba no deɛ, wɔnam bɔhyɛ so na ɛwoo no. Saa adeɛ yi yɛ mfatoho, ɛfiri sɛ wɔn baanu no yɛ apam mmienu; ɔbaako firi Sinai bepɔ so a ɔrewo gu nkoayɛ mu, ɔno ne Hagar. Na Hagar yɛ Sinai bepɔ a ɛwɔ Arabia; na ɛno ne nnɛ Yerusalem sɛso, ɛfiri sɛ ɛyɛ ne mma wɔ nkoasom mu. Na ɔsoro Yerusalem no deɛ, ɛde ne ho, ɛne yɛn na. Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wo obonini a wonwoɔ, ma w’ani nnye; Wo a wonko awoɔ, di ahurisie na team! Ɛfiri sɛ deɛ ɔnni bie no mma dɔɔso kyɛne deɛ ɔwɔ kunu no deɛ. Na yɛn deɛ, anuanom, sɛdeɛ Isak teɛ no, yɛyɛ bɔhyɛ mma. Na sɛdeɛ saa berɛ no, deɛ wɔwoo no honam kwan soɔ no taa deɛ wɔwoo no honhom kwan soɔ no, saa ara na ɛteɛ nnɛ nso. Nanso atwerɛ no se deɛn? Pam afenaa no ne ne ba; ɛfiri sɛ afenaa ba no ne ɔdehyeɛ ba no renni adeɛ. Enti, anuanom, yɛnyɛ afenaa mma na mmom yɛyɛ ɔdehyeɛ mma.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Adehyedie mu na Kristo ama yɛade yɛn ho. Enti monnyina pintinn, na mommma wɔmmfa akoayɛ kɔnnua ntoatoa mo bio. Hwɛ, me Paulo, mese mo sɛ wɔtwa mo twetia a, Kristo ho remma mfasoɔ biara mma mo. Na medi adanseɛ bio mekyerɛ onipa biara a wɔatwa no twetia sɛ, ɛtwa sɛ ɔdi mmara no nyinaa soɔ. Mo a mopɛ sɛ wɔbu mo bem mmara no mu no, wɔatete mo afiri Kristo ho, moafiri adom mu ahwe ase. Na yɛn deɛ, yɛnam honhom so, firi gyidie mu, twɛn tenenee anidasoɔ. Ɛfiri sɛ Kristo Yesu mu deɛ, twetiatwa anaa momonotoyɛ nyɛ hwee, na mmom gyidie a ɛnam ɔdɔ so yɛ adwuma. Na moretu mmirika no yie; hwan na ɔsii mo kwan sɛ monntie nokorɛ no? Saa adwensakyera yi mfiri deɛ ɔfrɛ mo no. Mmɔreka ketewaa bi na ɛka mmɔre no nyinaa. Me deɛ, m’ani da mo so, wɔ Awurade mu sɛ, morennwene biribi foforɔ biara sɛ me deɛ no; na deɛ ɔhaa mo no, sɛ ɔte sɛn dɛn ara a, ɔbɛnya atemmuo. Na me deɛ, anuanom, sɛ meda so meka twetiatwasɛm a, anka adɛn na wɔda so taa me? Ɛnneɛ na anka asɛnnua no suntidua no nni hɔ bio. Me nko a, anka wɔn a wɔma monya adwenem sakasaka no, wɔadi wɔn ho awu! Anuanom, adehyedie mu na wɔafrɛ mo aba; nanso mommma adehyedie no nyɛ ɔkwan mma honam, na mmom momfa ɔdɔ so nsonsom mo ho. Na mmara no nyinaa wie pɛyɛ asɛm baako mu, ɛne sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho! Na sɛ mokeka na momemene mo ho a, monhwɛ yie na moanni mo ho awu. Na mese: Monnante honhom mu na monnni honam akɔnnɔ akyi. Na honam kɔn dɔ tia honhom, na honhom tia honam, na nnoɔma mmienu yi nhyia, na ɛsi mo deɛ mopɛ sɛ moyɛ ho kwan. Na sɛ honhom de mo nam a, na monni mmara ase. Na honam nnwuma no da adi pefee, ɛne adwamammɔ, efi, ahohwie, abosonsom, adutoɔ, ɔtane, akayɛ, ahoɔyea, abufuo, aperepereɛ, kunsunkunsum, mpaepaemu, nitan, nsaborɔ, agobɔne ne deɛ ɛtete saa; yeinom ho na merebɔ mo kɔkɔ, sɛdeɛ mebɔɔ mo kɔkɔ kane no, sɛ wɔn a wɔyɛ saa nnoɔma yi rennya Nyankopɔn ahennie no. Na honhom aba ne ɔdɔ, anigyeɛ, asomdwoeɛ, abodwokyɛre, ayamyɛ, papayɛ, gyidie, ɔdwoɔ ne anidahɔ. Mmara biara nni hɔ a ɛtia yeinom. Na wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu dea no abɔ honam ne ne nhyɛsodeɛ ne n’akɔnnɔ asɛnnua mu. Sɛ yɛte ase honhom mu a, momma yɛnnante honhom mu nso. Mommma yɛmpɛ animuonyam hunu nnyiyi yɛn ho abufuo, nntentane yɛn ho.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Anuanom, sɛ mfomsoɔ bi bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufoɔ no, montene deɛ ɔte saa no, honhom a ɛdwoɔ mu, monhwɛ mo ho so yie na wɔansɔ mo nso anhwɛ. Monsoa mo ho mo ho nnesoa abia, na saa na mode bɛhyɛ Kristo mmara no ma. Na sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi wɔ berɛ ko ɔnyɛ obiara, ɔdaadaa ne ho. Na ma obiara nsɔ ɔno ara n’adwuma nhwɛ, ɛno na ɔbɛnya ɔno ara ne ho biribi ahoahoa ne ho, na ɛnyɛ obi ho. Na obiara bɛsoa ɔno ara n’adesoa. Ma deɛ wɔkyerɛkyerɛ no asɛm no, ne deɛ ɔkyerɛkyerɛ no no mmɔ mu nkyɛ nnepa nyinaa. Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wɔnsi no atwetweɛ; ɛfiri sɛ deɛ onipa guo no, ɛno ara na ɔbɛtwa. Deɛ ɔgu ma ne honam no, firi honam mu bɛtwa porɔeɛ, na deɛ ɔgu ma honhom no firi honhom mu bɛtwa daa nkwa. Na mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa aba a, yɛbɛtwa so aba ne berɛ mu. Enti yɛwɔ berɛ a ɛfata a, momma yɛnnyɛ nnipa nyinaa yie, ɛnkanka wɔn a wɔyɛ gyidie no fiefoɔ. Monhwɛ atwerɛ akɛseɛ a mede me ara me nsa matwerɛ merebrɛ mo yi. Dodoɔ a wɔpɛ sɛ wɔn anim ba nyam honam mu no, wɔn na Kristo Yesu asɛnnua ho taa a wɔmpɛ sɛ wɔtaa wɔn nti, wɔhyɛ mo sɛ montwa twetia. Na wɔn a wɔatwa twetia no mpo nni mmara no so, na mmom wɔpɛ sɛ motwa twetia, na wɔahoahoa wɔn ho mo honam mu. Na me deɛ, ɛmpare me sɛ mɛhoahoa me ho, gye yɛn Awurade Yesu Kristo asɛnnua mu; ɛno so na wɔnam abɔ wiase asɛnnua mu ama me, na wɔabɔ me nso asɛnnua mu ama wiase. Na twetiatwa nyɛ hwee, na momonotoyɛ nso nyɛ hwee, na mmom abɔdeɛ foforɔ. Na dodoɔ a wɔnam saa kwan yi soɔ no, asomdwoeɛ ne mmɔborɔhunu mmra wɔn ne Israel a ɛyɛ Nyankopɔn dea no so. Na ɛfiri nnɛ, mommma obiara nnha me; na meso Awurade Yesu akam wɔ me nipadua mu. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo honhom, anuanom. Amen.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Paulo ne Silwano ne Timoteo de kɔma Tesalonikafoɔ asafo a ɛwɔ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu. Adom ne asomdwoeɛ nka mo. Da biara, yɛda Onyankopɔn ase ma mo nyinaa, na yɛbɔ mo din wɔ yɛn mpaebɔ mu, na daa yɛkae mo gyidie adwuma ne mo dɔ mmɔdemmɔ ne yɛn Awurade Yesu Kristo ho anidasoɔ mu boasetɔ, yɛn Nyankopɔn ne Agya anim. Nanso, anuanom a Onyankopɔn dɔ mo, yɛnim mo yie a wɔayi mo, ɛfiri sɛ yɛn asɛmpa no amma mo nkyɛn sɛ kasa ara kwa, na mmom ɛbaa ahoɔden ne Honhom Kronkron ne nteaseɛ bebree mu nso, sɛdeɛ monim sɛ mo nti yɛbɔɔ yɛn bra faeɛ wɔ mo mu no. Na mo nso moayɛ yɛn ne Awurade suafoɔ de Honhom Kronkron mu anigyeɛ agye asɛm no ahohia pii mu, na ama moayɛ nhwɛsoɔ ama agyidifoɔ a wɔwɔ Makedonia ne Akaia nyinaa. Ɛfiri sɛ, ɛfiri mo mu na Awurade asɛm no hyetaeɛ, ɛnyɛ Makedonia ne Akaia nko, na mmom mo gyeɛ a mogye Onyankopɔn die no atrɛ aduru mmaa nyinaa, enti ɛmma no nhia yɛn sɛ yɛka ho asɛm biara. Na nnipa a wɔwɔ mantam hɔ no ara ka gye a mogyee yɛn too mu, ne sɛdeɛ modane firii ahoni ho aba Nyankopɔn nkyɛn, sɛ mobɛsom Onyankopɔn teasefoɔ nokwafoɔ, na motwɛn ne Ba a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no afiri soro, ɔno ne Yesu a ɔyi yɛn firi abufuo a ɛreba no mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na anuanom, mo ara monim sɛ yɛn kwan a yɛnya baa mo nkyɛn no anyɛ kwa. Na ɛwom sɛ yɛadi kan ahunu amane, na wɔabɔ yɛn adapaa wɔ Filipi sɛdeɛ monim no deɛ, nanso yɛyɛɛ nnam wɔ yɛn Nyankopɔn mu, sɛ yɛbɛka Nyankopɔn asɛmpa no akyerɛ mo, ɔko bebree mu. Na yɛn afotusɛm no mfiri nnaadaa anaa adwemmɔne mu, nanso ɛnnam nsisie mu, na sɛdeɛ Onyankopɔn abu no sɛ yɛfata sɛ ɔde asɛmpa no hyɛ yɛn nsa no, saa ara nso na yɛkasa, ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom Onyankopɔn a ɔsɔ yɛn akoma hwɛ no ani. Na sɛdeɛ monim no, Onyankopɔn ne yɛn danseni, yɛnkaa adɛfɛdɛfɛsɛm da, nso yɛmfaa asɛm biara nyɛɛ anibereɛ nkatasoɔ, anaasɛ yɛnhwehwɛɛ nnipa anim animuonyam mfirii mo anaa afoforɔ nkyɛn, ɛwom sɛ anka yɛwɔ ho kwan sɛ yɛyɛ yɛn ho akɛseɛ sɛ Kristo asomafoɔ; nanso yɛbrɛɛ yɛn ho ase wɔ mo mu, sɛdeɛ ɔbagyegyefoɔ bi yɛne ɔno ara ne mma. Na ɛsiane sɛ yɛpɛ mo asɛm yie saa nti, yɛpɛɛ sɛ anka ɛnyɛ Nyankopɔn asɛmpa no nko na yɛne mo bɛkyɛ, na yɛn ara yɛn kra nso bi, ɛfiri sɛ moayɛ yɛn adɔfo. Na anuanom, mokae yɛn mmɔdemmɔ adwuma ne ɔbrɛ, yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo, na yɛanyɛ adesoa amma mo mu biara, na yɛde kaa Nyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo. Mo ne Onyankopɔn ne adansefoɔ sɛdeɛ yɛyɛɛ yɛn ho kronkron ne tenenee ne nnipa a wɔn ho nni asɛm maa mo agyidifoɔ. Afei nso monim, sɛdeɛ yɛtuu mo nyinaa fo mmaako mmaako, sɛdeɛ agya bi yɛ ne mma, na yɛhyɛɛ mo den, na yɛdii mo adanseɛ sɛ monnante sɛdeɛ ɛsɛ Onyankopɔn a wafrɛ mo akɔ n’ahennie ne n’animuonyam mu no. Yei nti nso yɛda Onyankopɔn ase daa, ɛfiri sɛ monyaa Nyankopɔn asɛm no firii yɛn nkyɛn no, mogyee, ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Nyankopɔn asɛm, sɛdeɛ ɛteɛ ampa, ɛno nso na ɛyɛ mo a mogye die no mu adwuma kɛse. Na mo, anuanom, moayɛ sɛ Nyankopɔn asafo a ɛwɔ Yudea no, Kristo Yesu mu, ɛfiri sɛ mo nso mohunuu mo ara mo manfoɔ nsa mu amane saa ara, sɛdeɛ wɔn nso wɔhunuu no Yudafoɔ mu no. Wɔn na wɔkumm Awurade Yesu ne adiyifoɔ no, na wɔtaa yɛn pamm yɛn, nso wɔnsɔ Nyankopɔn ani, na wɔne nnipa nyinaa di asie. Wɔbara yɛn sɛ yɛnnkasa nnkyerɛ amanaman no, na wɔannye wɔn nkwa, wɔde hyɛ wɔn bɔne ma daa, nso abufuo no anya aba wɔn so awie. Na yɛn deɛ, anuanom, wɔyii yɛn firii mo nkyɛn berɛ kakraa bi wɔ honam mu na ɛnyɛ akoma mu no, yɛbɔɔ mmɔden bebree anigyina pii mu sɛ yɛbɛhunu mo anim. Enti anka yɛpɛɛ sɛ yɛba mo nkyɛn, me Paulo titire, ne prɛko ne mprenu so, nanso Satan sii yɛn kwan. Na hwan ne yɛn anidasoɔ anaa anigyeɛ anaa ahohoahoa abotire yɛn Awurade Yesu Kristo anim wɔ ne ba mu, mo nso monni mu bi anaa? Aane, mone yɛn animuonyam ne yɛn anigyeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Enti yɛsɔ mu a na ɛnsɔ bio no, yɛpenee sɛ wɔnnya yɛn hɔ wɔ Atene. Na yɛsomaa Timoteo a ɔyɛ yɛn nua ne yɛn yɔnko dwumayɛni ma Onyankopɔn wɔ Kristo asɛmpa mu, sɛ ɔmmɛhyɛ mo den na ɔntu mo fo mo gyidie ho, na amanehunu yi anha obiara, ɛfiri sɛ mo ara monim sɛ deɛ ɛtwa sɛ yɛhunu ara ne no. Na yɛwɔ mo nkyɛn no nso, yɛka kyerɛɛ mo ansa sɛ yɛbɛhunu amane, sɛdeɛ ɛbaeɛ na monim no. Yei nti me nso, mesɔ mu a na ɛnsɔ bio no, mesomae, na mahunu mo gyidie mu, na amma sɛ ebia ɔsɔhwɛfoɔ no asɔ mo ahwɛ, ama yɛn mmɔdemmɔ adwuma no ayɛ ɔkwa. Na afei Timoteo firii mo nkyɛn baa yɛn nkyɛn bɛkaa mo gyidie ne ɔdɔ ho asɛmpa, ne sɛ mokae yɛn yie daa, na mopɛ sɛ mohu yɛn sɛdeɛ yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛhu mo kyerɛɛ yɛn no, yei nti, anuanom, mo gyidie ama yɛn werɛ akyekye wɔ mo ho, yɛn amanehunu ne ahohia nyinaa mu, ɛfiri sɛ, sɛ mogyina Awurade mu pintinn a, na yɛanya nkwa. Na aseda bɛn na yɛbɛtumi ada Onyankopɔn wɔ mo ho, anigyeɛ nyinaa a mo nti yɛn ani agye yɛn Nyankopɔn anim no ho? Awia ne anadwo yɛsrɛ pii sɛ yɛbɛhunu mo anim, na yɛama mo gyidie awie mayɛ. Na ɔno ara ankasa, yɛn Nyankopɔn ne Agya no, ne yɛn Awurade Yesu nnane yɛn kwan mmra mo nkyɛn. Na mo deɛ, Awurade mma monnɔɔso na mommoro so ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho ne nnipa nyinaa no mu, sɛdeɛ yɛn nso yɛdɔ mo no, na wahyɛ mo akoma den a mo ho nni asɛm, kronkronyɛ mu, yɛn Nyankopɔn ne Agya anim, yɛn Awurade Yesu ne n’ahotefoɔ nyinaa ba mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Deɛ ɛdi akyire no, anuanom, yɛsrɛ mo na yɛtu mo fo Awurade Yesu mu sɛ, deɛ moanya no yɛn nkyɛn, sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mobɔ mo bra na mosɔ Nyankopɔn ani no, saa ara na monkɔ so mma no mmoro soɔ. Na monim ahyɛdeɛ a yɛnam Awurade Yesu so de maa mo no. Na yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ, sɛ mo ho bɛteɛ. Monyi mo ho mfiri adwamammɔ mu, sɛ mo mu biara nhunu sɛdeɛ ɔbɛnya ɔno ara ne yere ahoteɛ ne anidie mu, ɛnyɛ akɔnnɔ anibereɛ mu sɛ amanaman mufoɔ a wɔnnim Onyankopɔn no; sɛ obiara nntra nnkɔsisi ne nua asɛm bi mu, ɛfiri sɛ Awurade ne yeinom nyinaa mu weretɔfoɔ, sɛdeɛ yɛka kyerɛɛ mo kane, na yɛdii mo adanseɛ no. Na Onyankopɔn amfrɛ yɛn ankɔ efi mu, na mmom ahoteɛ mu. Enti deɛ ɔte atua no nte onipa bi so atua, na mmom Onyankopɔn a ɔde ne Honhom Kronkron ahyɛ mo mu no. Na onuadɔ ho deɛ, ɛnhia mo sɛ wɔtwerɛ brɛ mo, ɛfiri sɛ mo ara na Onyankopɔn akyerɛkyerɛ mo sɛ monnodɔ mo ho; na moyɛ saa nso anuanom a wɔwɔ Makedonia nyinaa ho. Nanso, anuanom, yɛtu mo fo sɛ monkɔ so nyɛ mmoro so, na mommɔ mmɔden nyɛ komm, na monyɛ mo ara mo adeɛ, na momfa mo ara mo nsa nyɛ adwuma, sɛdeɛ yɛhyɛɛ mo no, na moanante sɛdeɛ ɛfata, wɔn a wɔwɔ akyire no anim, na biribiara anhia mo. Na, anuanom, wɔn a wɔadeda no ho deɛ, yɛmpɛ sɛ yɛsi mo soɔ, na mo werɛ anho sɛ wɔn a aka a wɔnni anidasoɔ no. Na sɛ yɛgye di sɛ Yesu wui na wasɔre bio a, saa ara nso na Onyankopɔn de wɔn a wɔadeda no nam Yesu so bɛka ne ho aba. Na yei deɛ, yɛnam Awurade asɛm mu na yɛka kyerɛ mo sɛ, yɛn a yɛtete aseɛ na yɛretena ase akɔsi Awurade ba mu no rensiane wɔn a wɔadeda no ho, ɛfiri sɛ Awurade no ara de osebɔ, ɔbɔfoɔ panin nne Nyankopɔn totorobɛnto firi soro bɛsiane, na Kristo mu awufoɔ bɛsɔre kane, ansa na wɔaba abɛfa yɛn a yɛtete aseɛ na yɛaka yi ne wɔn nyinaa amununkum mu sɛ yɛnkɔhyia Awurade ewiem, na saa na yɛne Awurade bɛtena daa. Enti momfa nsɛm yi nkyekyere mo ho werɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na nna no ne mmerɛ no deɛ, anuanom, ɛnhia mo sɛ wɔtwerɛ brɛ mo. Ɛfiri sɛ mo ara monim yie, sɛ Awurade da no bɛba sɛ owifoɔ ba anadwo. Na berɛ a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoeɛ ne ahotɔ no, ɛnneɛ mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wɔn soɔ sɛ awoko ba ɔbaa a ɔnyem soɔ, na wɔrennya kwan nnwane. Na mo deɛ, anuanom, monni esum mu, na ɛda no abɛto mo sɛ owifoɔ. Mo nyinaa moyɛ hann mma ne adekyeeɛ mma; yɛnyɛ anadwo anaa esum dea. Enti mommma yɛnnna sɛ wɔn a aka no, na mmom momma yɛnwɛn, na yɛn ani nna hɔ. Ɛfiri sɛ wɔn a wɔda da anadwo, na wɔn a wɔborɔ boro anadwo, na yɛn a yɛyɛ adekyeeɛ dea yi, momma yɛn ani nna hɔ, na yɛnhyɛ gyidie ne ɔdɔ nkataboɔ ne nkwagyeɛ anidasoɔ sɛ dadeɛ kyɛ. Ɛfiri sɛ Onyankopɔn anyi yɛn amma abufuo, na mmom ɔyii yɛn sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo nti yɛmmɛnya nkwagyeɛ. Ɔno na ɔwu maa yɛn sɛ yɛnyane oo, yɛwu oo, yɛne no ntena nkwa mu. Enti montutu mo ho fo na obiara mpia ne yɔnko, sɛdeɛ moreyɛ no ara. Na yɛsrɛ mo, anuanom, sɛ monhunu wɔn a wɔyɛ mo mu adwuma na wɔdi mo so mpanin Awurade mu, na wɔkasa kyerɛ mo, na mommu wɔn papaapa ɔdɔ mu, wɔn adwuma nti. Montena asomdwoeɛ mu. Afei yɛtu mo fo, anuanom, sɛ monkasa nkyerɛ wɔn a wɔnam basabasa, monkyekyere wɔn a wɔn akoma atuo werɛ, monsɔ wɔn a wɔyɛ mmerɛ mu, montɔ mo bo ase mma nnipa nyinaa. Monhwɛ na obi amfa bɔne antua obi bɔne ka, na mmom monni deɛ ɛyɛ akyiri daa, mo ne nnipa nyinaa ho. Momma mo ani nnye daa; monnnyae mpaebɔ da! Monna ase ade nyinaa mu, na yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ Kristo Yesu mu wɔ mo ho. Monnnum honhom no, monnte adiyisɛm atua! Monsɔ ade nyinaa nhwɛ, na monsɔ deɛ ɛyɛ no mu den. Monyi mo ho mfiri bɔne su nyinaa ho. Na ɔno asomdwoeɛ Nyankopɔn no ara nte mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so mu a ɛho remma asɛm biara yɛn Awurade Yesu Kristo ba mu. Ɔnokwafoɔ ne deɛ wafrɛ mo no, ɔno nso na ɔbɛyɛ. Anuanom, mommɔ mpaeɛ mma yɛn. Momfa mfeano kronkron nkyeakyea anuanom nyinaa. Mehyɛ mo Awurade mu sɛ, momma wɔnkenkan nwoma yi nkyerɛ anuanom nyinaa. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Me, ɔpanin no twerɛ kɔma ɔdɔfo Gaio a medɔ no nokorɛ mu. Ɔdɔfo, mebɔ mpaeɛ sɛ, adeɛ nyinaa mu, ɛnsi wo yie, na nya ahoɔden sɛdeɛ asi wo kra yie no. Ɛberɛ a anuanom bi baeɛ, na wɔbɛdii wo nokorɛdie ho adanseɛ, sɛdeɛ wonam nokorɛ mu no, m’ani gyee sɛ. Menni anigyeɛ a ɛsene yei, sɛ mete sɛ me mma nam nokorɛ mu. Ɔdɔfo, deɛ woyɛ ma anuanom a wɔyɛ ahɔhoɔ no, ne kwan so ara ne no. Wɔn nso adi wo dɔ no ho adanseɛ asafo no anim. Na wogya wɔn kwan sɛdeɛ ɛsɛ, Nyankopɔn anim a, na woayɛ no yie. Na ne din nti na wɔnam, na wɔannye amanaman mufoɔ no hɔ biribiara. Enti na ɛsɛ yɛn sɛ yɛgye saa nkurɔfoɔ no, na yɛayɛ yɔnko adwumayɛfoɔ ama nokorɛ no. Metwerɛ mekɔmaa asafo no. Na Diotrefe a ɔrepɛ wɔn mu panin adie no nnye yɛn nto mu. Yei nti, sɛ meba a, mɛkae ne nnwuma a ɔyɛ no, sɛ ɔkeka yɛn ho nsɛmmɔne, na yei mpo annɔɔso amma no, na ɔno ara nnye anuanom no nto mu, na ɔsi wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa no kwan, na ɔtu wɔn firi asafo no mu. Ɔdɔfo, nhwɛ bɔne nsua, na mmom hwɛ papa sua. Deɛ ɔyɛ papa no firi Nyankopɔn mu, na deɛ ɔyɛ bɔne no nhunuu Onyankopɔn. Demetrio deɛ, wɔn nyinaa di ne ho adanseɛ wɔ nokorɛ mu, na yɛn nso yɛdi ne ho adanseɛ, na monim sɛ yɛn adanseɛ yɛ nokorɛ. Anka mewɔ nsɛm pii metwerɛ, nanso mempɛ sɛ mede adubire ne twerɛdua metwerɛ mebrɛ mo. Na m’ani da so sɛ mɛhu mo ntɛm na yɛde ano ne ano akasa. Asomdwoeɛ nka mo. Nnamfonom no kyeakyea mo. Bobɔ nnamfonom no din mmaako mmaako kyea wɔn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Dario afe a ɛtɔ so mmienu no, bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu no, AWURADE asɛm baa Odiyifoɔ Sakaria a ɔyɛ Berekia ba Ido ba nkyɛn, sɛ: Na AWURADE bo fuu mo agyanom pa ara. Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monsane mmra me nkyɛn, na mɛsane maba mo nkyɛn, asafo AWURADE na ɔseɛ. Monnyɛ sɛ mo agyanom a kane adiyifoɔ no pae kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monsane mfiri mo akwammɔne ne mo nneyɛɛ bɔne no ho, nanso wɔante, na me nso, wɔantie me, AWURADE asɛm nie. Mo agyanom no wɔ he? Na adiyifoɔ no, wɔtena hɔ kɔsi daa? Nanso me nsɛm ne m’ahyɛdeɛ a mehyɛɛ me nkoa adiyifoɔ no no, anto mo agyanom anaa? Na wɔsanee na wɔkaa sɛ: Sɛdeɛ asafo AWURADE dwene sɛ ɔbɛyɛ yɛn sɛdeɛ yɛn akwan ne yɛn nneyɛɛ teɛ no, saa na ɔne yɛn adi no. Bosome a ɛtɔ so dubaako a ɛne bosome Sebat da a ɛtɔ so aduonu nnan, Dario afe a ɛtɔ so mmienu mu, AWURADE asɛm baa Odiyifoɔ Sakaria a ɔyɛ Berekia ba Ido ba nkyɛn sɛ: Mehunuu anadwo, na hwɛ, na ɔbarima bi te ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so, na ɔgyina ohwamdua a ɛwɔ bonhwa mu no ntam, na apɔnkɔ akɔkɔɔ, ntokontrama ne afufuo gyinagyina n’akyi. Na mebisaa sɛ: Me wura, yeinom yɛ deɛn? Na ɔbɔfoɔ a ɔrekasa akyerɛ me no ka kyerɛɛ me sɛ: Merebɛkyerɛ wo adekodeɛ a yeinom yɛ. Na ɔbarima a ɔgyina ohwamdua no ntam no buaa sɛ: Yeinom na AWURADE asoma wɔn sɛ wɔnkɔkyini asase soɔ. Na wɔbuaa AWURADE bɔfoɔ a ɔgyina ohwamdua no ntam no sɛ: Yɛakyini asase so, na hwɛ, asase nyinaa te hɔ komm dwoodwoo. Ɛnna AWURADE bɔfoɔ no bisaa sɛ: Asafo AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn na wo yam renhyehye wo mma Yerusalem ne Yuda nkuro a wo bo afu wɔn mfirinhyia aduɔson nie? Na AWURADE de nsɛm pa ne awerɛkyekyerɛ nsɛm buaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no. Na ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no ka kyerɛɛ me sɛ: Pae ka sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Ninkunu kɛseɛ na matwe no Yerusalem ne Sion ho, na abofuo kɛseɛ na me bo afu amanaman a wɔte hɔ dwoodwoo no, ɛfiri sɛ me deɛ, me bo fuu kakraa bi, na wɔn deɛ, wɔboae maa no danee bɔne. Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Mede ayamhyehyeɛ madane m’ani akyerɛ Yerusalem, ɛhɔ na wɔbɛsi me fie nso, asafo AWURADE asɛm nie, na wɔbɛtwe susuhoma mu Yerusalem so. Pae mu bio ka sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nnepa bɛbu so me nkuro mu, na AWURADE bɛkɔ so akyekyere Sion werɛ, na ɔbɛkɔ so afa Yerusalem ayɛ ne deɛ. Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na mmɛn nnan nie. Na mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sɛ: Ɛdeɛn ne yeinom? Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda, Israel ne Yerusalem peteeɛ no. Na AWURADE kyerɛɛ me atomfoɔ baanan. Na mebisaa sɛ: Ɛdeɛn na yeinom bɛyɛeɛ? Na ɔse: Yeinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda peteeɛ na obi amma ne tiri soɔ no, na atomfoɔ baanan no baa wɔn ehuyie, sɛ wɔbɛtutu amanaman a wɔmaa abɛn so tiaa Yuda asase de bɔɔ wɔn peteeɛ no mmɛn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na ɔbarima bi a susuhoma kura ne nsam nie. Na mebisaa sɛ: Ɛhe na worekorɔ? Na ɔbuaa see me sɛ: Merekɔ makɔsusu Yerusalem mahwɛ sɛdeɛ ne trɛ ne ne ntwemu teɛ. Na hwɛ, ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no firii adi, na ɔbɔfoɔ foforɔ firii adi kɔhyiaa no, na ɔka kyerɛɛ no se: Tu mmirika kɔka kyerɛ aberanteɛ yi sɛ: Yerusalem bɛda hɔ sɛ nkuraankuraa a ɛnni afasuo, nnipa ne mmoa a ɛwɔ mu dodoɔ nti; na me deɛ, AWURADE asɛm nie, me ara ankasa na mɛyɛ no ogya fasuo atwa ne ho mahyia, na mayɛ ne mu animuonyam. Huu, huu! Monnwane mfiri atifi fam asase so, AWURADE na ɔseɛ, na matrɛ mo mu sɛ ɔsoro mframa nnan no, AWURADE asɛm nie. Huu, Sion, bɔ wo ho adwaa, wo a wo ne Babel babaa teɛ no. Na sɛ asafo AWURADE seɛ nie: N’animuonyam nti na wasoma me amanaman a wɔfom mo no nkyɛn; na deɛ ɔka mo no, waka AWURADE ani kosua. Na hwɛ, wɔn so na mɛhwim me nsa na wɔadanedane fomfa adeɛ ama wɔn nkoa, na moahunu sɛ asafo AWURADE na asoma me. To ahurisie dwom ma w’ani nnye, Sion babaa, na hwɛ, mereba mabɛtena wo mu, AWURADE asɛm nie. Na amanaman bebree de wɔn ho bɛba abɛbɔ AWURADE ho ɛda no, na wɔayɛ me ɔman; na mɛtena wo mu, na wobɛhunu sɛ asafo AWURADE na asoma me wo nkyɛn. Na AWURADE bɛfa Yuda adi so sɛ ne kyɛfa asase kronkron no so, na wakɔ so afa Yerusalem ayɛ ne deɛ. Ma akra nyinaa nyɛ komm, AWURADE anim, ɛfiri sɛ wasɔre wɔ ne tenabea kronkron hɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔmaa mehunuu Ɔsɔfopanin Yosua sɛ ɔgyina AWURADE bɔfoɔ no anim, na Satan gyina ne nifa sɛ ɔretoto n’ano. Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Satan sɛ: AWURADE ntwi w’anim, Satan, na AWURADE a wayi Yerusalem no ntwi w’anim! Oyi nyɛ gyentia a wɔahwim afiri ogya mu? Nso na Yosua hyɛ ntade fi na ɔgyina ɔbɔfoɔ no anim. Na ɔbɔfoɔ no buaa see wɔn a wɔgyinagyina n’anim no sɛ: Monyi ne ho ntade fi no. Na ɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Hwɛ, mama w’amumuyɛ no afiri wo so kɔ, na mede ntadeɛ nsakyeraho mahyɛ wo. Na mese. Ma wɔmfa abotire a ɛho teɛ mmɔ no. Na wɔde abotire a ɛho teɛ bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no ntadeɛ. Na AWURADE bɔfoɔ no gyina hɔ. Na AWURADE bɔfoɔ no dii Yosua adanseɛ sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Sɛ wonante m’akwan so na wohwɛ m’ahwɛdeɛ a, ɛnna wo nso wobɛhwɛ me fie nsɛm so na woawɛn m’abannwa nso, na mɛma woanya kwan wɔ yeinom a wɔgyinagyina ha yi ntam. Tie ɛ, Ɔsɔfopanin Yosua, wo ne wo mfɛfoɔ a wɔtete w’anim no, ɛfiri sɛ wɔyɛ anwanwafoɔ. Na hwɛ, mede m’akoa “Ban” mereba. Na hwɛ, ɔboɔ a mede mato Yosua anim no, ɔboɔ baako so na aniwa nson guo. Hwɛ, ɛso na mɛkurukyire ne nkurukyireeɛ, asafo AWURADE asɛm nie, na mɛpepa asase yi amumuyɛ da koro. Ɛda no, asafo AWURADE asɛm nie, mobɛfrɛfrɛ mo mfɛfoɔ aba bobe ase ne borɔdɔma ase.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sane bae, ɔbɛnyanee me sɛ onipa a wɔnyane no firi ne nna mu, na ɔbisaa me sɛ: Ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Mehunu kaneadua a ne nyinaa yɛ sika, na ne ngo toa tae atifi, na ne nkanea nson wowɔ soɔ, adorobɛn nson nson wɔ hɔ ma atifi nkanea no. Na ngo nnua mmienu sisi hɔ, baako si ngo toa no nifa, na baako si ne benkum soɔ. Na mebua mesee ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sɛ: Ɛdeɛn ne yeinom, me wura? Na ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no gyee so bisaa me sɛ: Wonnim adekodeɛ a yeinom yɛ? Na mese: Dabi, me wura. Na ɔbua see me sɛ: Yei ne AWURADE asɛm a ɛbaa Serubabel nkyɛn no sɛ: Ɛnyɛ wo tumi so, na ɛnyɛ w’ahoɔden soɔ, na mmom me honhom so, asafo AWURADE na ɔseɛ. Hwan ne wo, bepɔ kɛseɛ? Wobɛdane asaseta wɔ Serubabel anim! Na ɔde atifi boɔ bɛfiri adi aba, na wɔabɔ so ose sɛ: Adom, adom mmra so. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Serubabel nsa na ato efie yi fapem, na ne nsa ara na ɛbɛwie, na woahunu sɛ asafo AWURADE na asoma me mo nkyɛn. Na sɛ wɔbuu adwuma mfitiaseɛ ketewa yi animtia mpo a, wɔn ani bɛgye berɛ a wɔbɛhu kyirebennyɛ no wɔ Serubabel nsam. Na kaneadua nson a wo hunuiɛ no ne AWURADE ani a ɛdi akɔneaba asase nyinaa soɔ no. Na mebisaa no sɛ: Ɛdeɛn ne kaneadua no nifa ne ne benkum ngo nnua mmienu yi? Na mebuaa ne mprenu so see no sɛ: Ɛdeɛn ne ngo nnua no mman mmienu a ɛwowɔ sika ano mmienu a ɛhwie sika no ma no firi mu guo no ho yi? Na ɔbisaa me sɛ: Wonnim deɛ yeinom yɛ? Na mese: Dabi, me wura. Na ɔse: Yeinom ne nnipa mmienu a wɔasra wɔn ngo a wɔgyinagyina asase nyinaa wura no nkyɛn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na mesane memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na nwoma mmobɔeɛ a ɛtuo nie. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Mehunu nwoma mmobɔeɛ a ɛtuo, ne tentene basafa du, na ne trɛ basafa nnum. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yei ne nnome a ɛfiri adi fa asase nyinaa ani; na wɔnam so pra awifoɔ nyinaa firi ha na wɔnam so pra ntanhunukafoɔ nyinaa firi ha. Mama no afiri adi, asafo AWURADE asɛm nie, na abɛhyɛne owifoɔ fie ne deɛ ɔde me din keka ntanhunu fie, na asoɛ ne fie mfimfini, na ahye ɛno ne emu nnua ne emu aboɔ. Ɛnna ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no firii adie na ɔbisaa me sɛ: Ma w’ani so hwɛ ɛ, ɛdeɛn na ɛfiri adie yi? Na mese: Ɛdeɛn nie? Na ɔse: Efa susudeɛ a ɛfiri adie no nie. Na ɔse: Yei ne wɔn ahwɛdeɛ, asase nyinaa so. Na hwɛ, wɔmaa sumpii boɔ kurukuruwa bi so, na ɔbaa baako a ɔte efa no mu nie. Na ɔse: Abɔnefosɛm nie. Na ɔtoo no twenee efa susudeɛ no mu, na ɔtoo sumpii boɔ no twenee ano. Ɛnna memaa m’ani so mehwɛeɛ, na hwɛ, na mmaa baanu refiri adi, na mframa wɔ wɔn ntaban mu; na wɔn deɛ, na wɔwowɔ ntaban sɛ asukɔnkɔn ntaban, na wɔbɛsoaa efa no faa asase ne ɔsoro ntam. Ɛnna mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sɛ: Ɛhe na yeinom de efa susudeɛ no rekorɔ yi? Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wɔde rekɔ akɔsi dan ama no Sinear asase so, na wɔasiesie, na wɔde no atena ne tenabea hɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na mesane memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na nteaseɛnam nnan firi mmepɔ mmienu no ntam reba, na mmepɔ no yɛ kɔbere mfrafraeɛ mmepɔ. Teaseɛnam a ɛdi kan no, apɔnkɔ kɔkɔɔ na ɛwɔ ho, na teaseɛnam a ɛtɔ so mmienu no, apɔnkɔbire na ɛwɔ ho, na teaseɛnam a ɛtɔ so mmiɛnsa no, apɔnkɔfufuo na ɛwɔ ho, na teaseɛnam a ɛtɔ so nnan no, apɔnkɔ nworonnworan ahoɔdenfoɔ na ɛwɔ ho. Na mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no sɛ: Ɛdeɛn ne yeinom, me wura? Na ɔbɔfoɔ no bua see me sɛ: Yeinom ne ɔsoro mframa nnan a ɛfiri adi firi deɛ wɔde wɔn ho gyinagyinaa asase nyinaa wura anim hɔ ba no. Deɛ apɔnkɔbire wɔ ho no, wɔfiri adi kɔ atifi fam asase so, na afufuo no firi adi di wɔn akyi, na nworonnworan no firi adi kɔ anafoɔ fam asase so; na ahoɔdenfoɔ no firii adie no, na wɔrepɛ anante akyin asase so; na ɔkaa sɛ: Monkɔ na monkɔkyini asase so. Na wɔkɔkyinii asase so. Ɛnna ɔteaa mu frɛɛ me kasa kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, wɔn a wɔrefiri adi akɔ atifi fam asase soɔ ama me honhom ho asane no wɔ atifi fam asase no so. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Gye sika ne dwetɛ firi atukɔfoɔ a wɔfiri Babel baeɛ; Heldai, Tobia ne Yedaia nkyɛn, na ɛda no ara kɔ kɔhyɛne Sefania ba Yosia fie. Na fa yɛ abotire fa bɔ Yehosadak ba Ɔsɔfopanin Yosua ti, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, ɔbarima bi a “Ban” ne ne din, na ɔbɛfefɛ n’ananmu, na ɔbɛsi AWURADE asɔredan no. Ɔno ara na ɔbɛsi AWURADE asɔredan, na ɔno ara na ɔbɛsoa animuonyam, na watena n’adwa so adi hene, na wadi sɔfoɔ n’adwa so, na asomdwoeɛ agyinatuo bɛtena wɔn baanu no ntam. Na abotire no nyɛ nkaeɛ adeɛ mma Helem ne Tobia ne Yedaia ne Sefania ba Hen, AWURADE asɔredan no mu. Na akyirikyirifoɔ bɛba abɛsi AWURADE dan no bi, na moahunu sɛ asafo AWURADE na ɔsomaa me mo nkyɛn; na sɛ motie AWURADE mo Nyankopɔn a, yei bɛnya aba mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Ɔhene Dario afe a ɛtɔ so nnan mu no, AWURADE asɛm baa Sakaria nkyɛn, bosome a ɛtɔ so nkron a ɛne Kislew no da a ɛtɔ so nnan. Na Betelfoɔ somaa Sareser ne Regem-Melek ne ne nnipa baa sɛ wɔmmɛkoto nsrɛ AWURADE anim, na wɔmmisa asafo AWURADE fie asɔfoɔ ne adiyifoɔ no sɛ: Mensu bosome a ɛtɔ so nnum no so, na menkyere kɔm, sɛdeɛ meyɛɛ no mfeɛ dodoɔ a ɛte sɛɛ yi anaa? Ɛnna asafo AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Bisa asase no so nyinaa ne asɔfoɔ no sɛ: Mokyenee kɔm na modii abooboo, bosome a ɛtɔ so nnum ne deɛ ɛtɔ so nson so, mfeɛ aduɔson yi no, akɔnkyene yi, moyɛ maa me anaa? Nanso sɛ modidi na monom nso a, ɛnyɛ mo ara na modidie na monom anaa? Ɛnyɛ nsɛm yi na AWURADE nam akane adiyifoɔ so maa wɔpaeeɛ, berɛ a Yerusalem da so wɔ hɔ a na wɔte mu na emu dwoɔ, na ne nkuro atwa ho ahyia, na wɔtete Negeb ne mpaperɛ soɔ no anaa? Na AWURADE asɛm baa Sakaria nkyɛn sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Mommu nokwatɛn, na onipa ne ne nua nni no adɔeɛ ne mmɔborɔhunu so. Na monnhyɛ okunafoɔ ne awisiaa, ɔhɔhoɔ ne ɔmanehunufoɔ so, na obiara nnnwene ne nua ho bɔne n’akomam. Nanso wɔampene sɛ wɔtie, na wɔwosoo wɔn mmati, na wɔsoroo wɔn aso na wɔante. Na wɔyɛɛ wɔn akoma sɛ ahwehwɛboɔ, na wɔantie mmara ne nsɛm a asafo AWURADE nam ne honhom so maa akane adiyifoɔ no bɛkaeɛ no, na ɛmaa abufuhyeɛ kɛseɛ firi asafo AWURADE nkyɛn baeɛ no. Na sɛdeɛ me frɛeɛ na wɔantie no, saa nso na wɔbɛfrɛ na merentie, asafo AWURADE na ɔseɛ. Na me de ahum bɛfa wɔn akɔ amanaman a wɔnni wɔn nyinaa mu, na wɔn akyiri asase no adane afo, na obi ara amfa so ankɔ ansane amma, na wɔama asase fɛfɛ no adane afo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na asafo AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Metwe Sion ho ninkunu kɛseɛ, na anibereɛ kɛseɛ na mede metwe ne ho ninkunu. Sɛ AWURADE seɛ nie: Meresane maba Sion, na matena Yerusalem, na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ: Nokorɛ kuro, ne asafo AWURADE bepɔ no nso sɛ: Bepɔ kronkron. Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nkɔkoraa ne mmerewa bɛda so atenatena Yerusalem mmɔntene so, na nyinkyɛre nti wɔn mpoma bɛkurakura wɔn nsam. Na mmarimaa ne mmaayewa bɛyɛ kuro no mmɔntene so amaama, na wɔagoro emu mmɔntene so. Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Sɛ ɛyɛ ɔman yi nkaeɛ ani so nwanwa nna yi mu a, m’ani so nso ɛbɛyɛ nwanwa? Asafo AWURADE asɛm nie. Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, me ara meregye me man nkwa afiri owia apueeɛ ne atɔeɛ asase so, na mede wɔn aba na wɔabɛtena Yerusalem, na wɔabɛyɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn, nokorɛ ne tenenee mu. Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monhyehyɛ mo nsa mu den, mo a nna yi mu mote nsɛm yi, adiyifoɔ a wɔwɔ hɔ no anomu da a wɔtoo asafo AWURADE dan no fapem sɛ wɔresi asɔredan no. Na nna no nnya mmaeɛ no, na onipa apaadeɛ nni hɔ, na deɛ aboa nya nni hɔ, na deɛ ɔfiri adie ne deɛ ɔba mu no, ahohiahia nti asomdwoeɛ nni hɔ mma no, na mehwanyan nnipa nyinaa ma onipa ne ne yɔnko di asie. Na afei mente sɛ akane nna no memma ɔman yi nkaeɛ, asafo AWURADE asɛm nie. Na deɛ wɔdua no asomdwoeɛ mu, obobe, bɛso n’aba, na asase ama ne nnɔbaeɛ, na ɔsoro bɛtɔ ne bosuo, na mɛma ɔman yi nkaeɛ afa yeinom nyinaa adi. Na sɛdeɛ modanee nnome amanaman mu no, Yuda fie ne Israel fie, saa ara na mɛgye mo nkwa, na moayɛ nhyira. Monnsuro, na monhyehyɛ mo nsa mu den. Na sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Sɛdeɛ mo agyanom huruu me boɔ, na medwenee sɛ mɛyɛ mo bɔne, na masesa m’adwene no, saa ara na mansane madwene nna yi mu sɛ mɛyɛ Yerusalem ne Yuda fie yie; monnsuro! Yeinom ne adeɛ a monyɛ: Monkeka nokwasɛm nkyerɛ mo ho; nokorɛ ne asomdwoeɛ na momfa mmu atɛn mo nkuro apono mu. Na mo mu biara nnnwene ne yɔnko ho bɔne n’akoma mu, na mommpɛ atorɔ ntanka, na yeinom nyinaa ne deɛ ɛyɛ me tan, AWURADE asɛm nie. Na asafo AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Bosome a ɛtɔ so nnan, nnum, nson ne du mu akɔnkyene bɛyɛ Yuda fie ahosɛpɛ, anigyeɛ ne afahyɛ pa; na nokorɛ ne asomdwoeɛ nko na mompɛ. Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Ɛbɛba bio sɛ aman no nkuro pii mufoɔ bɛba, na kuro baako mufoɔ akɔ kuro baako mu akɔka sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔkoto nsrɛ AWURADE, na yɛnhwehwɛ asafo AWURADE akyiri kwan! Me nso mɛkɔ. Na aman pii ne amanaman a wɔyɛ den bɛba abɛhwehwɛ asafo AWURADE akyiri kwan Yerusalem, na wɔakoto asrɛ AWURADE anim. Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nna no mu na mmarima du a wɔfiri amanaman kasa nyinaa mu bɛsosɔ Yudani baako atadeɛ mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛteɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yei ne AWURADE asɛm: AWURADE atemmusɛm bɛtena Hadrak asase so ne Damasko mu. Na sɛdeɛ Israel mmusuakuo yɛ AWURADE dea no, saa ara na Aram nkuropɔn nso yɛ ne dea. Na saa ara nso na ɔbɛyɛ Hamat a ɔtoa soɔ no, Tiro ne Sidon, sɛ wosusu sɛ wɔnim nyansa mpo a. Na Tiro too aban a ɛyɛ den, na ɔtiaa dwetɛ sɛ mfuturo, ne sika kɔkɔɔ sɛ mmorɔno so dɔteɛ. Hwɛ, AWURADE bɛma wɔahwere n’ahodeɛ, na wabɔ ne tumi agu ɛpo mu, na ɔno ara deɛ, ogya bɛhye no. Askelon bɛhunu na wasuro, na Gasa nso ho apopo biribiri sɛ; na Ekron nso wɔahyɛ n’anidasoɔ aniwuo, na ɔhene bɛyera afiri Gasa, na Askelon nso, wɔrentena mu bio. Na amamfrafoɔ bɛtena Asdod, na mɛtwa Filistifoɔ ahantan so. Na mɛyi mogya nam afiri n’anomu, ne n’atantanneɛ afiri ne se mu, na ɔno nso, wɔbɛgya no ama yɛn Nyankopɔn, na wayɛ sɛ Yuda abusua bi, na Ekron ayɛ sɛ Yebusini. Na mɛkyere me fie ho nsraban, ɛdɔm ho, deɛ ɔtwam korɔ na ɔsane ba ho, na ɔhafoɔ biara antwam amfa wɔn mu bio; na afei me ara ankasa mɛhwɛ me man so. Di ahurisie pii, Sion babaa, huro, Yerusalem babaa! Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔtene, na ɔwɔ nkwagyeɛ; ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumuburuwa a ɔyɛ afunumubereɛ ba so. Na mɛtwitwa nteaseɛnam afiri Efraim, ne apɔnkɔ nso afiri Yerusalem, na wɔatwa akodie tadua nso; na ɔbɛka ɔmannwoeɛsɛm akyerɛ amanaman, na n’ahennie bɛfiri ɛpo so akɔ ɛpo so, na afiri asuo ano akɔsi asase awieeɛ. Wo nso, w’apam mogya no nti mɛyi wo nneduafoɔ afiri amena a nsuo nni mu mu. Monsane mmra aban a ɛyɛ den no mu, mo nneduafoɔ a mowɔ anidasoɔ. Ɛnnɛ yi mpo mereka makyerɛ wo sɛ mmɔho na mede mahyɛ w’ananmu. Na makom Yuda sɛ tadua mafa, mede Efraim mahyɛ mu, na makanyan wo mmabanin, Sion, mahyɛ wo mmabanin, Hela, na mede wo mayɛ sɛ dɔmmarima afena. Na AWURADE bɛyi ne ho adi wɔ wɔn so, na n’agyan afiri adi sɛ ɔsraman; na AWURADE Nyankopɔn bɛhyɛne totorobɛnto, na wanante ahum a ɛtutu anafoɔ fam mu. Asafo AWURADE bɛwa wɔn ani, na wɔadidi, na wɔatiatia ntɔmmoɔ mu aboɔ so, na wɔanom, na nsa nti wɔayɛ hoo, na wɔayeyɛ amaama sɛ koraa, sɛ afɔrebukyia ntweaso. Na AWURADE wɔn Nyankopɔn bɛgye wɔn nkwa ɛda no sɛ ne man nnwankuo, ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ abotire aboɔ a ɛhyerɛnhyerɛn n’asase no soɔ. Na ne yie ne sɛn, na n’ahoɔfɛ ne sɛn? Aduane bɛma mmeranteɛ ayɛ tokotokoo na nsamono nso ama mmabaa ayɛ saa ara.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mommisa AWURADE hɔ osuo bereamporɔberɛ mu! AWURADE ma asraman paepae, na ɔbɛma osuo atɔ pii ama wɔn, na wɔn nyinaa anyinya mfuo mu nnuane. Na abusua honi no kaa ahuhusɛm, na nkɔmhyɛfoɔ no hunuu atorosɛm na wɔyii daeɛ hunu, wɔde adehuhuo kyekyeree onipa werɛ. Ɛno nti ɔman no tu kɔɔ sɛ nnwan, wɔrebrɛ, ɛfiri sɛ ɔhwɛfoɔ biara nni hɔ. Nnwanhwɛfoɔ no na me bo afu wɔn, na saa mpapo no na mɛba abɛtwe wɔn aso. Na asafo AWURADE rebɛhwɛ ne nnwankuo, Yuda fie, na ɔde wɔn bɛyɛ sɛ n’animuonyam pɔnkɔ ɔsa mu. Ɔno mu na ntweaso tiboɔ ne mpɛɛwa ne akodie tadua bɛfiri aba, ɔno mu na ahafoɔ nyinaa bɛbom afiri aba. Na wɔbɛyɛ sɛ nnɔmmarima a wɔtiatia mmorɔno so dɔteɛ soɔ ɔko mu, na wɔbɛdi ako; ɛfiri sɛ AWURADE ne wɔn na ɛwɔ hɔ, na apɔnkɔsotefoɔ anim bɛgu ase. Na mɛhyɛ Yuda fie aboɔduro, na magye Yosef fie nkwa, na mama wɔatena ase; na me yam ahyehye me ama wɔn, na wɔbɛyɛ sɛdeɛ mensumm wɔn nguiɛ, na mene AWURADE wɔn Nyankopɔn, na mɛgye wɔn so. Na Efraim bɛyɛ sɛ dɔmmarima, na nsa nti wɔn akoma bɛtɔ wɔn yam, na wɔn mma nso bɛhunu na wɔn ani agye, na wɔn akoma adi AWURADE mu ahurisie. Mɛbɔ hwerɛma mafrɛ wɔn na maboa wɔn ano; na magye wɔn, na wɔbɛdɔ sɛdeɛ wɔdɔreeɛ no. Na mɛdua wɔn aman no mu, na wɔbɛkae me akyirikyiri nsase so, na wɔne wɔn mma bɛnya nkwa na wɔasane aba. Na mɛma wɔasane afiri Misraim asase so aba, na mɛboa wɔn ano afiri Asiria, na mede wɔn aba Gilead ne Lebanon asase so, na wɔrennya kwan mpo mma wɔn. Na ɔbɛfa ahohiahia po no mu, na wabobɔ ɛpo mu asorɔkyeɛ, na Asuo Nil mu mmonhwa nyinaa awewe. Na Asiria ahantan no bɛbrɛ ase, na Misraim poma bɛfiri akɔ. Na mɛhyɛ wɔn den, AWURADE mu, na ne din mu na wɔbɛnanteɛ, AWURADE asɛm nie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Lebanon, hinihini w’apono, na ogya nhye wo ntweneduro no! Pepeaa, twa adwo, na tweneduro ahwe fam, ɛfiri sɛ akunini asɛe; Basan adum, montwa adwo, na kwaeɛ a ɛkorɔn abrɛ ase. Nnwanhwɛfoɔ adwotwa gyegye, na wɔn animuonyam asɛe; agyataburuwa mmobomu gyegye, na Yordan ahohyehyɛdeɛ asɛe. Sei na AWURADE me Nyankopɔn kaeɛ: Yɛne okum nnwankuo a wɔn a wɔtɔɔ wɔn no kunkumm wɔn na wɔnni so, na wɔn a wɔtɔn wɔn no ka sɛ: Nhyira nka AWURADE, na manya adeɛ; na wɔn ahwɛfoɔ nso nnodo wɔn ho. Na merennodo asase no sofoɔ ho bio, AWURADE asɛm nie. Na hwɛ, merema nnipa atotɔ wɔn yɔnkonom nsam, ne wɔn ahemfo nsam, na wɔabobɔ asase no, na merenyi obiara mfiri wɔn nsam. Na meyɛnee okum nnwankuo no, nnwan a wɔyɛ mmɔborɔ no wɔ mu saa ara; na mefaa mpoma mmienu, mefrɛɛ baako sɛ: Adom, na mefrɛɛ baako sɛ: Nkyekyerebomu; na meyɛnee nnwankuo no. Na metwaa nnwanhwɛfoɔ no mu baasa twenee wɔ bosome baako mu. Na wɔn ho yɛɛ me kra ahomete, na me ho nso yɛɛ wɔn kra nwunu. Ɛnna mekaa sɛ: Merenyɛne mo bio. Deɛ ɔwuo no nwu, na deɛ wɔtwa no twene no, wɔntwa no ntwene, na wɔn a wɔaka no, ɔbaako nni ne yɔnko nam. Na mefaa me poma Adom no mebuu mu, sɛ meretue m’apam a me ne aman nyinaa pameeɛ no. Na wɔtuee no da no ara, na ekuo no mu nnwan a wɔyɛ mmɔborɔ a wɔhwɛɛ me no hunuu sɛ AWURADE asɛm ne no. Na meka mekyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ ɛyɛ mo ani so a, momfa m’akatua mmra, na sɛ ɛnte saa a, monnyae. Na wɔkarii m’akatua, dwetɛ nnwetɛbena aduasa. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: To twene sikakorabea hɔ, ɛboɔ a ɛyɛ nyam a wɔde abɔ me no ne no. Na mefaa dwetɛ nnwetɛbena aduasa no meto twenee AWURADE fie sikakorabea hɔ. Na mebuu me dua baako Nkyekyerebomu no mu, sɛ wɔnsɛe Yuda ne Israel ntam onuayɛ no. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sane fa odwanhwɛfoɔ kwasea adeɛ fa! Na hwɛ, merema odwanhwɛfoɔ bi so asase no so a deɛ ɛreseɛ no, ɛrenhwɛ, deɛ apansam no, ɔrenhwehwɛ, na deɛ abubuo no, ɔrensa no yadeɛ; deɛ ɛwɔ ahoɔden no nso, ɔrennyegye no, na deɛ adɔ sradeɛ no nam na ɔbɛdie, na wapaepae wɔn ntɔte mu. Odwanhwɛfoɔ hunu a ɔgya nnwankuo no nnue! Afena bɛba ne basa ne n’ani nifa so; ne basa bɛwu, na n’ani nifa afira.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE atemmusɛm a ɛfa Israel ho, AWURADE a ɔtrɛ ɔsoro mu na ɔto asase fapem na ɔnwono onipa honhom wɔ ne mu no asɛm nie: Hwɛ, mede Yerusalem bɛyɛ ntintantɔ kuruwa ama aman a wɔatwa ho ahyia nyinaa, na sɛ wɔka Yerusalem hyɛ mu a, ɛbɛba Yuda so nso. Na da no, mede Yerusalem bɛyɛ tɔkwaboba ama aman nyinaa. Wɔn a wɔbɛma soɔ nyinaa bɛpirapira, na wɔbɛboa asase so amanaman nyinaa ano atia no. Ɛda no, AWURADE asɛm nie, mede ahodwirie bɛbobɔ apɔnkɔ nyinaa, na mede adammɔ mabɔ wɔn sotefoɔ. Na mɛbue m’ani Yuda fie so, na aman no apɔnkɔ nyinaa, mede anifira bɛbobɔ wɔn. Na Yuda abusua bɛka no wɔn akoma mu sɛ: Yerusalemfoɔ yɛ me ahoɔden wɔ asafo AWURADE wɔn Nyankopɔn mu. Ɛda no mede Yuda mmusua no bɛyɛ sɛ nnyina mu ogya ayowa, ne afiafi mu tɛnee, na ahye aman a atwa ho ahyia nyinaa, benkum ne nifa so, na Yerusalem bɛtena n’ananmu, Yerusalem ara. Na AWURADE bɛgye Yuda ntomadan kane, na Dawid fie animuonyam ne Yerusalemfoɔ animuonyam amma wɔn ho so antia Yuda. Ɛda no, AWURADE bɛwowa Yerusalemfoɔ, na wɔn mu deɛ ɔyɛ mmerɛ no, ɛda no ɔbɛyɛ sɛ Dawid, na Dawid fie bɛyɛ sɛ Onyankopɔn, te sɛ AWURADE bɔfoɔ a ɔdi wɔn anim. Na ɛda no, mɛhwehwɛ amanaman a wɔbaa Yerusalem soɔ no nyinaa masɛe wɔn. Na mɛhwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fie ne Yerusalemfoɔ so, na wɔahwɛ deɛ wɔahwire me mu no, na wɔatue ne so su sɛ ɔbakorɔ so su, na wɔatwa ne so agyaadwo a ɛyɛ ya ara sɛ abakan so deɛ. Ɛda no agyaadwotwirɛ bɛso Yerusalem sɛ Hadad-rimon agyaadwotware no, Megido bonhwa mu, na asase no bɛtwa agyaadwo, abusua abusua; Dawid fie abusua nko ne wɔn yerenom nko, Natan fie abusua nko ne wɔn yerenom nko, Lewifoɔ abusua nko ne wɔn yerenom nko, Simei fie abusua nko ne wɔn yerenom nko; mmusua a aka no nyinaa, mmusua mmusua nkorɛnkorɛ ne wɔn yerenom nkorɛnkorɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛda no wɔbɛbue nsuo aniwa ano ama Dawid fie ne Yerusalemfoɔ de adwira wɔn ho, bɔne ne ahokum ho. Na ɛda no, asafo AWURADE asɛm nie, mɛtwitwa abosonhuhuo din afiri asase no so, na wɔrenkae bio; nanso mɛma adiyifoɔ no ne afi honhom no afiri asase no so akɔ. Na sɛ obi bɛda so ahyɛ nkɔm a, n’agya ne ne na a wɔwoo no no bɛka akyerɛ no sɛ: Worennya nkwa, ɛfiri sɛ woaka AWURADE din mu atorosɛm. Na ne nkɔmhyɛ no nti na n’agya ne ne na a wɔwoo no no bɛhwire ne mu. Na ɛda no adiyifoɔ no ani bɛwuwu wɔn adehunu ho, wɔn nkɔmhyɛ no mu, wɔremfira enwi ngusoɔ mfa nsisi bio. Na wɔn mu biara bɛka sɛ: Menyɛ odiyifoɔ, meyɛ onipa a ɔdɔ, na mayɛ kua firi me mmɔfraase. Na obi bisa no sɛ: Akuro bɛn na ɛwɔ wo nsa mu yi? Ɔbɛka sɛ: Pira a wɔpiraa me, m’adɔfo fie no ne no. Afena, sɔre tia me dwanhwɛfoɔ ne ɔbarima a ɔyɛ me ho nipa no, asafo AWURADE asɛm nie; bɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no nhwete, na mɛdane me nsa aba nkumaa no so. Na wɔbɛtwitwa asase no nyinaa so nkyɛmu mmienu ma no adwerɛ, nkyɛmu a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔbɛgya no wɔ so, AWURADE asɛm nie. Na mede nkyɛmu a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɛfa ogya mu, na manane wɔn sɛdeɛ wɔnane dwetɛ, na mayiyi wɔn mu sɛdeɛ wɔyiyi sika mu. Wɔbɛbɔ me din, na me nso mɛbua wɔn. Mɛka sɛ: Me man ne wɔn! Na wɔn nso aka sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Hwɛ, ɛda bi reba ama AWURADE akyɛ w’asadeɛ wɔ wo mu. Na mɛboa amanaman nyinaa ano aba Yerusalem ne no abɛko, na wɔafa kuro no, na wɔafom afie no afa, na wɔagu mmaa no ho fi, na kuro no fa afiri akɔ atukorɔ mu, na ɔman no nkaeɛ deɛ, wɔrentwitwa wɔn mfiri kuro no mu. Na AWURADE bɛfiri adi ne amanaman no abɛko, sɛ ne ko da no. Na ɛda no ne nan bɛsisi Ngo-Bepɔ a ɛda Yerusalem ntentensoɔ apueeɛ fam no so, na Ngo-Bepɔ mfimfini bɛpae mmienu afiri apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam, na ayɛ bonhwa kɛseɛ pa ara, na bepɔ no fa bɛtwe akɔ atifi fam, na ɔfa akɔ anafoɔ fam. Na mobɛdwanedwane akɔ me mmepɔ bonhwa mu, na mmepɔ bonhwa no bɛduru Asal tɔnn, na mobɛdwane sɛdeɛ modwanee asasewosoɔ no anim, Yudahene Usia berɛ soɔ no. Na AWURADE me Nyankopɔn bɛba, na akronkronfoɔ nyinaa bɛka ne ho. Na ɛda no awɔ anaa nsukyeneeɛ remma. Na ɛbɛyɛ da koro a adesaeɛ nni mu (AWURADE na ɔnim), awia nni mu na anadwo nni mu; na anwummerɛ mpo na hann wɔ hɔ. Na ɛda no nkwa nsuo bɛtue afiri Yerusalem, emu fa bɛkɔ apueeɛ fam po no mu, na ɔfa akɔ atɔeɛ fam po no mu, ahuhuberɛ ne awɔberɛ mu na ɛbɛba. Na AWURADE bɛdi asase no nyinaa so hene; ɛda no AWURADE bɛyɛ bafua, na ne din ayɛ bafua. Asase no nyinaa bɛdane ayɛ sɛ Araba mpaperɛ so afiri Geba akɔsi Rimon a ɛwɔ Yerusalem anafoɔ fam no, na ɛbɛkorɔn na atena n’ananmu de afiri Benyamin ponkɛseɛ ano de akɔsi kane ponkɛseɛ no siberɛ de akɔsi ntweaso ponkɛseɛ no ano, na afiri Hananel abantenten no ho de akɔsi ɔhene nsa-kyi-amena no ho. Na wɔbɛtena mu a abusudeɛ biara nni hɔ bio, na mmom Yerusalem bɛtena dwoodwoo. Na ɔhaw a AWURADE de bɛha amanaman a wɔatu Yerusalem so sa no nyinaa no nie: Wɔda so gyinagyina wɔn anan soɔ no, wɔn honam bɛporɔ, na wɔn ani aporɔ wɔn anikankyi mu, na wɔn tɛkyerɛma aporɔ wɔn anomu. Na ɛda no AWURADE hooyɛ bebree bɛba wɔn mu, na wɔn nyinaa asosɔ wɔn nsam, na ɔbaako ama ne nsa so atia ne yɔnko nsa. Na Yuda nso bɛko atia Yerusalem, na wɔbɛboa amanaman a wɔatwa ho ahyia nyinaa adeɛ dodoɔ ano, sika ne dwetɛ ne ntoma bebree pa. Na apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ, yoma, mfunumu ne mmoa a wɔwɔ nsraban no mu no nyinaa haw bɛyɛ sɛ ɔhaw no ara. Na amanaman a wɔbaa Yerusalem soɔ no nyinaa mu nkaeɛ no nyinaa bɛforo aba, daa afe, abɛsɔre ɔhene, asafo AWURADE, na wɔahwɛ asese fa no. Na asase so mmusua nyinaa mu wɔn a wɔremforo mma Yerusalem mmɛsɔre ɔhene asafo AWURADE no, wɔn na osuo rentɔ wɔn soɔ. Na sɛ Misraim abusua amforo amma a, ɛrentɔ wɔn so nso; ɔhaw a AWURADE de bɛha amanaman a wɔmforo mma asese afahyɛ no na ɛbɛba wɔn soɔ. Yei na ɛbɛyɛ Misraim asotwe ne amanaman a wɔmforo mma asese afahyɛ no nyinaa asotwe. Ɛda no wɔbɛtwerɛ apɔnkɔ nnawa so sɛ: “KRONKRON MA AWURADE”! Na AWURADE fie nkukuo no bɛyɛ sɛ afɔrebukyia no anim nkoraa no; na Yerusalem ne Yuda nkukuo nyinaa bɛyɛ kronkron ama asafo AWURADE, na wɔn a wɔbɔ afɔdeɛ nyinaa bɛba abɛfa emu bi akɔnoa mu nam; na Kanaanni biara rentena asafo AWURADE fie bio ɛda no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE asɛm a ɛbaa Moresetni Mika nkyɛn, Yuda ahemfo Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ soɔ no a ɔhunuu no Samaria ne Yerusalem ho nie. Aman nyinaa, montie, asase ne ne mayɛ, monwɛn aso, na AWURADE Nyankopɔn nyɛ ɔdanseni ntia mo, AWURADE a ɔwɔ n’asɔrefie kronkron mu no. Na hwɛ, AWURADE refiri adi afiri n’afa, na wasiane abɛtiatia asase sorɔnsorɔmmea so. Na mmepɔ bɛnanenane wɔ n’ase, na mmonhwa mu apaepae, sɛdeɛ akraa nane wɔ ogya anim no, te sɛ nsuo a wɔahwie agu deɛ ɛhɔ siane. Yakob mmarato ne Israel fie nnebɔne nti na yei nyinaa ba. Ɛdeɛn ne Yakob mmarato? Ɛnyɛ ɛne Samaria anaa? Na ɛdeɛn ne Yuda sorɔnsorɔmmea? Ɛnyɛ ɛne Yerusalem anaa? Na mede Samaria bɛyɛ wiram aboɔkuo ne abobe atɛeɛ, na mede n’aboɔ bɛgu bonhwa no mu, na mayi ne nnyinasoɔ adi. Na wɔbɛbobɔ n’ahoni nyinaa, na wɔde ogya ahye n’ayɛyɛdeɛ nyinaa, na mɛyɛ n’abosom adum nyinaa afo, ɛfiri sɛ adwamamfoɔ apɛdeɛ na ɔde aboa ano, na adwamamfoɔ apɛdeɛ na ɛbɛsane akɔyɛ. Yei nti mɛsu na matwa adwo, mɛnante kwaterekwa ne adagya mu, mɛtue su mu sɛ ɛserɛ so kraman, na madi abooboo sɛ sohori. Na n’apirakuro no aporɔ. Na abɛduru Yuda, abɛso me man pono ano, aduru Yerusalem. Monnka nnkyerɛ Gat, esu nso monnkɔsu; Bet-leafra na monyantam mfuturo mu. Safirfoɔ, monsene nkɔ, adagya aniwuo mu; Saananfoɔ mfiri adi; Bet-esel agyaadwotwa ma mo gyinabea bɔ mo; na Marotfoɔ de ahoyera twɛn mmerɛ pa, ɛfiri sɛ bɔne afiri AWURADE nkyɛn aduru aba Yerusalem kuro pono ano. Lakisfoɔ, momfa teaseɛnam nsa ɔpɔnkɔ hoɔharefoɔ; ɛyɛɛ Sion babaa bɔne mfitiaseɛ, sɛ wo mu na wɔhunuu Israel mmaratodeɛ no. Enti wobɛma Moreset- gat nkradie akyɛdeɛ: Aksib afie di Israel ahemfo hwammɔ. Maresafoɔ mede ɔdedifoɔ foforɔ bɛbrɛ mo; Adulam na Israel animuonyamfoɔ bɛduro. Bɔ tikwa na wewɛre wo ho, w’anigyeɛ mma nti ma wo tikwa ntrɛ sɛ ɔpɛtɛ deɛ, ɛfiri sɛ wɔatu wo nkyɛn kɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Wɔnnue, wɔn a wɔdwene amumuyɛsɛm ne wɔn a wɔsiesie bɔne, wɔn mpa soɔ; anɔpa hann mu wɔyɛ, ɛfiri sɛ ɛwɔ wɔn nsam tumi mu, na wɔn ani bere mfuo, na wɔgye, ne afie, na wɔfefa, na wɔsi ɔbarima ne ne fie ne onipa ne n’agyapadeɛ apempem. Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, meredwene abusua yi ho asɛmmɔne bi a morentumi nyiyi mo kɔn mfiri mu, na morenyi akyea ahantan so nso, na ɛbɛyɛ berɛ bɔne. Ɛda no wɔbɛbu mo ho bɛ na wɔabe kwadwom sɛ: Ade ayɛ yɛn! Me man kyɛfa no, wasakyera. Wagye afiri me nsam; Atuateni na ɔkyɛ yɛn mfuo mu ma no yi. Enti worennya deɛ ɔde susuhoma bɛto wo kyɛfa soɔ, AWURADE asafo mu. Monnka adiyisɛm! Sɛdeɛ wɔkeka no ne no; wɔnnka yeinom ho adiyisɛm; ahohora remma. Yakob fie, wɔnka sɛ AWURADE honhom nni boasetɔ anaa? Yeinom ne ne nneyɛɛ anaa? Ɛnyɛ yie na me nsɛm yɛ deɛ ɔnam tee no? Nanso mosɔre tia me man sɛ ɔtamfoɔ, na moyi wɔn a wɔtwam dwoodwoo a wɔmpɛ ko no ho ntadeɛ so ngusoɔ. Mopamo me man mu mmaa firi wɔn afie fɛfɛ mu, na mogye wɔn animuonyam firi mmɔtafowa hɔ koraa. Monsɔre na monkɔ! Na ɛha nyɛ mo homebea, efiguo a ɛde sɛeɛ a ɛso ba no nti. Sɛ ɔbarima a ɔnam keka ahuhusɛm na ɔdaadaa di atorɔ ka sɛ: Mɛka wo bobesa ne nsaden ho adiyisɛm, a, ɔno na ɔbɛyɛ ɔman yi adiyisɛnkafoɔ! Boa na mɛboa mo nyinaa ano, Yakob, nhyia na mɛhyia Israel nkaeɛ. Mɛka wɔn mabom sɛ nnwan wɔ nnwammuo mu, sɛ mmoakuo wɔn didibea so; nnipa dodoɔ a wɔyɛ hoo. Otwafoɔ di wɔn anim reforo aba. Wɔbɔ kirididi sene fa kuro pono mu, na wɔfa mu firi adi bio. Na wɔn hene sene di wɔn anim, na AWURADE di wɔn kan.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na mese: Montie ɛ, Yakob atitire ne Israel fie atemmufoɔ, ɛnyɛ mo na ɛsɛ sɛ mohunu atemmuo? Mo na motane papa na modɔ bɔne, modwa wɔn wedeɛ firi wɔn ho, ne wɔn nam firi wɔn nnompe ho, na mo na moadi me man nam, na moaworɔ wɔn wedeɛ afiri wɔn ho, na moabubu wɔn nnompe mu, na moatwitwa no sɛ kukuo mu adeɛ, ne ɛsɛn mu nam. Ɛno na wɔbɛsu afrɛ AWURADE, nanso ɔremmua wɔn, na ɔde n’anim bɛhunta wɔn berɛ no mu, sɛdeɛ wɔmaa wɔn nneyɛɛ yɛɛ bɔne no. Sei na AWURADE ka tia adiyifoɔ a wɔdaadaa me man na wɔde wɔn se ka na wɔka sɛ: Asomdwoeɛ! na deɛ ɔmfa biribi nhyɛ wɔn anomu no, wɔkyere ne so sa no. Saa nti adeɛ bɛsa mo, mo anisoadehunu ho, na esum aduru mo, mo nkɔmhyɛ ho, na owia bɛtɔ adiyifoɔ no so, na adekyeeɛ adane wɔn so sum kabii; na adehunufoɔ no ani bɛwuwu, na nkɔmhyɛfoɔ no anim asinsiam, na wɔn nyinaa bɛmuamua wɔn ano, ɛfiri sɛ Nyankopɔn mmuaeɛ biara nni hɔ. Na me deɛ, AWURADE honhom mu tumi ne atemmuo ne mmaninyɛ ahyɛ me ma, sɛ menkyerɛ Yakob ne mmarato, ne Israel ne bɔne. Montie yei ɛ, Yakob fie atitire ne Israel fie atemmufoɔ, mo a mokyiri atemmuo na mokyea deɛ ɛtene nyinaa, mo a mokyekyere Sion, mogyahwieguo mu ne Yerusalem, akontonkyideɛ mu. Emu atitire gye adanmudeɛ bu atɛn, na emu asɔfoɔ gye akatua kyerɛkyerɛ, na emu adiyifoɔ gye sika hyɛ nkɔm, na wɔtwere AWURADE ka sɛ: Ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn ntɛm yi? Bɔne biara remma yɛn so. Saa nti, mo nti wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afuo, na Yerusalem adane aboɔ akuakuo, na efie no bepɔ adane kwaeɛ sorɔnsorɔmmea.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛbɛba sɛ nna a ɛdi akyire no mu no AWURADE fie bepɔ no bɛtim hɔ ataa mmepɔ atifi, na wɔama so asene nkokoɔ nyinaa, na aman asene yuu aba so. Na amanaman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fie, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnante n’atempɔn so; na Sion na mmara bɛfire, na AWURADE asɛm afiri Yerusalem. Na ɔbɛbu aman pii mu atɛn, na waka aman akɛseɛ a ɛwɔ akyirikyiri no anim, na wɔde wɔn afena abobɔ nsɔ, na wɔde wɔn mpea ayeyɛ nnerɛ; ɔman bi remma afena so ntia ɔman bi, na wɔrensua akodie bio. Na wɔbɛtenatena wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obiara biara renyi wɔn hu, ɛfiri sɛ asafo AWURADE ankasa na waka. Na aman no mu biara nante ne nyame din mu, na yɛn deɛ, yɛbɛnante AWURADE yɛn Nyankopɔn din mu de akɔsi daa daa. Ɛda no, AWURADE asɛm nie, mɛboa asiiɛfoɔ no ano, na wɔn a wɔapam wɔn no, mɛma wɔaba, ne wɔn a me ne wɔn adi no bɔne no. Na mɛma asiiɛfoɔ no ayɛ nkaeɛ, na wɔn a wɔapam wɔn kɔ akyirikyiri no ayɛ ɔman kɛseɛ; na AWURADE bɛdi wɔn so hene Sion bepɔ so afiri nnɛ de akɔsi daa. Na wo, Sion babaa kokoɔ, woayɛ nnwanhwɛfoɔ abantenten, na wo hɔ na akane tumidie no bɛba abɛduro, Yerusalem babaa ahennie no. Afei, adɛn nti na woteam denden? Ɔhene biara nni wo mu anaasɛ wo fotufoɔ no ayera, na awoɔ aka wo sɛ ɔwofoɔ yi? Sion babaa, ko awoɔ, kyem sɛ ɔwofoɔ, na afei wobɛfiri adi afiri kuro no mu akɔtena wiram, na woakɔtena Babel tɔnn. Ɛhɔ na wɔbɛyi woɔ, ɛhɔ na AWURADE bɛpɔn wo afiri w’atamfo nsam. Na afei amanaman pii aboa wɔn ano atia wo, na wɔka sɛ: Ma Sion ho ngu fi, na yɛmfa yɛn ani nhwɛ n’animguaseɛ no. Na wɔn deɛ, wɔnnim AWURADE adwene na wɔnhunu n’agyinatuo mu; sɛ waboaboa wɔn ano sɛ ayuporebea afiafi. Sɔre, pore, Sion babaa, na mɛyɛ wo mmɛn dadeɛ, na mayɛ wo ntɔte kɔbere mfrafraeɛ, na wode adwerɛ aman pii dukuduku, na mɛhyira wɔn ahonyadeɛ so mama AWURADE, ne wɔn adedodoɔ so mama asase nyinaa wura no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Afei bɔ kyenku, wo Sion babaa. Ɔtua yɛn twa yɛn ho hyia. Wɔde abaa bɔ Israel temmufoɔ nnyepi. Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a wosua sɛ wobɛfra Yuda mpem mpem mu, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel sodifoɔ no; na n’ase firi tete nteredee, firi daa a ɛnni ase nna mu. Enti ɔde wɔn bɛma akɔsi berɛ a ɔwofoɔ bi bɛwoɔ, na ne nuanom nkaeɛ bɛsane ne Israel mma nso aba. Na ɔbɛgyina hɔ ayɛne wɔn, AWURADE ahoɔden mu, AWURADE ne Nyankopɔn din kɛseyɛ mu, na wɔatena ase; na afei ɔbɛyɛ kɛse akɔsi asase awieeɛ. Na oyi bɛyɛ asomdwoeɛ. Sɛ Asiria ba yɛn asase so na ɔtiatia yɛn aban afɛfɛ mu a, ɛnna yɛbɛsisi ahwɛfoɔ baason, ne nnipa mu mmapɔmma baawɔtwe atia no. Na wɔde afena ayɛne Asiria asase ne Nimrod asase n’apono mu. Na sɛ Asiria ba yɛn asase so na ɔtiatia yɛn hyeɛ so a, ɔbɛgye yɛn afiri ne nsam. Na Yakob nkaeɛ no bɛyɛ aman bebree mu sɛ obosuo a ɛfiri AWURADE nkyɛn, sɛ nhahamma so ahasuo a ɛnhwɛ ɔbarima bi kwan na ɛntwɛn nnipa mma. Na Yakob nkaeɛ no bɛyɛ sɛ kwaeɛ mu mmoa mu gyata, amanaman mu, aman bebree mu, sɛ nnwan akuakuo mu gyataburuwa a ɔsene ba a ɔtiatia soɔ na ɔtete mu a ɔgyefoɔ biara nni hɔ. Womma wo nsa so, w’ahohiahiafoɔ so, na w’atamfo nyinaa to ntwa. Na ɛda no, AWURADE asɛm nie, mɛtwa w’apɔnkɔ mafiri wo mu, na masɛe wo nteaseɛnam, na matwitwa w’asase so nkuro, na madwiri w’abandenden nyinaa; na mɛtwitwa wo ntafowayie afiri wo nsam, na woannya akɔmfoɔ bio; na mɛtwitwa w’ahoni ne w’adum afiri wo mu, na woansɔre wo nsa ano adwuma bio; na mɛtutu w’abosompɔ Asera afiri wo mu, na masɛe wo nkuro; na mede abufuo ne abufuhyeɛ bɛtɔ were, amanaman a wɔantie me no so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Montie deɛ AWURADE ka ɛ: Sɔre na bɔ wo nkuro wɔ mmepɔ anim, na nkokoɔ ntie wo nne. Mmepɔ ne mo a mowɔ hɔ daa, asase nnyinasoɔ no, montie AWURADE nkurobɔ, na AWURADE ne ne man anya ɔham, na ɔne Israel bɛyi atɛn. Me man, ɛdeɛn na mayɛ woɔ, na ɛdeɛn na mede ahyɛ wo brɛ? Bua me ɛ! Na meyii wo firii Misraim asase so bae, na megyee wo firii nkoafie, na mesomaa Mose, Aaron ne Miriam dii w’anim. Me man, kae agyina a Moabhene Balak tuiɛ, ne deɛ Beor ba Bileam de buaa no, ɛfiri Sitim kɔduru Gilgal, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na woahunu AWURADE nsɛntenenee no. Ɛdeɛn na memfa memmra AWURADE anim menkoto ɔsorosoro Nyankopɔn no? Memfa ɔhyeɛ afɔdeɛ memmra n’anim, ne nantwie mma a wɔadi afe afe? AWURADE ani bɛsɔ adwennini mpem ahodoɔ, ngo sɛ asutene mpem du du? Me mmarato nti memfa m’abakan memma, anaasɛ me yafumma, me kra bɔne nti? Wɔaka deɛ ɛyɛ akyerɛ wo, onipa, ne deɛ AWURADE hwehwɛ no wo hɔ, ɛnyɛ biribiara sɛ adeteneneeyɛ ne adɔeɛpɛ ne ahobrɛaseɛ a wode ne wo Nyankopɔn nanteɛ. AWURADE nne refrɛ kuro no, na wɔn a wɔsuro no no yɛ anyansafoɔ, montie ntea ne deɛ ɔhyɛeɛ no. Amumuyɛ mu adenya da so wɔ omumuyɛfoɔ fie ne efa a wɔahwan soɔ a wɔadome no? Na mɛbu deɛ ɔde nsania bɔne mu anaa fotoɔ a nsisie abrammoɔ wɔ mu no bem anaa? Nhyɛsoɔ ayɛ emu adefoɔ amaama na emufoɔ ka atorosɛm na wɔn tɛkyerɛma yɛ nnaadaa wɔn anomu. Na me nso mabɔ wo ama no abɔ wo yadeɛ, wo bɔne nti na masɛe woɔ. Wo deɛ, wobɛdidi na woremmee, na ɛkɔm fitaa bɛde wo; na wobɛtwe wo nnesoa, na woremma no mfiri mu sɔnn; na deɛ woma no firi mu no mpo, mede bɛma afena; wo deɛ, wobɛgu na worentwa; wobɛkyi ngodua aba, na worensra ngo no, na wobɛkyi nsamono, nanso worennom nsa no. Ɛfiri sɛ wodi Omri ahyɛdeɛ ne Ahab fie nneyɛɛ nyinaa so, na wonenam wɔn agyinatuo mu, deɛ ɛbɛyɛ na mayɛ wo ahodwirie ne emufoɔ no nso hwerɛmabɔ, na woasoa me man ahohora.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mennue, na mayɛ sɛ nnuabateɛ, sɛ bobe aba mpɛpɛdie, bobe esia a mɛdie, borɔdɔmakan a me kɔn dɔ no bi nni hɔ. Nnipa pa ayera afiri asase so; teefoɔ nni nnipa mu, wɔn nyinaa tetɛ mogya, wɔsunsum wɔn nuanom fidie. Wɔn nsa gu bɔne so sɛ ɛnyɛ yie; ɔsafohene bisa biribi, na ɔtemmufoɔ pɛ kɛtɛasehyɛ, na onipa kɛseɛ ka ne kra bɔnepɛ ho asɛm, sɛdeɛ wɔbom nwono amumuyɛ ne no. Wɔn mu nipa pa te sɛ hwerɛmo, wɔn mu teefoɔ sene nkasɛɛ ban. W’awɛmfoɔ da no, w’asotwe no reba, ɛno na wɔn sakasakayɛ bɛduro. Monnnye adamfoɔ nnni, mommfa mo ho nnto ɔyɔnkoɔ so; ɔbaa a ɔda wo koko mu no, ne ho na wɛn w’ano. Na ɔbabanin bu n’agya ɔsesani, ɔbabaa sɔre tia ne na, aseɛ sɔre tia n’ase, onipa fiefoɔ yɛ n’atamfo. Na me deɛ, AWURADE na mehwɛ no kwan, mɛtwɛn me nkwagyeɛ Nyankopɔn no. Me Nyankopɔn bɛtie me. Me tamfo, mma w’ani nnnye me ho; na mahwe ase a, mɛsɔre; na mete sum mu a, AWURADE ne me hann. Mɛsoa AWURADE abufuhyeɛ no, ɛfiri sɛ mayɛ no bɔne, de akɔsi sɛ ɔbɛham me ham ama me, na wabu atɛn ama me; ɔbɛyi me afiri aba hann mu; mɛhwɛ ne tenenee no. Na me tamfo bɛhunu, na aniwuo abɛkata ne so, ɔno a ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛhe na wo Nyankopɔn no wɔ? Mede m’ani bɛhwɛ no, afei wɔbɛtiatia ne so sɛ mmorɔno so dɔteɛ. Ɛda a wɔbɛto wo fasuo no reba; ɛda no so na w’ahyeɛ bɛkɔ akyirikyirie. Ɛda no na wɔbɛfiri Asiria ne Misraim nkuro mu aba wo nkyɛn, na wɔbɛfiri Misraim akɔsi asuo no ano, afiri po akɔsi po, afiri bepɔ no akɔsi bepɔ aba. Na asase no bɛdane amamfo, ɛsofoɔ no nti, wɔn nneyɛɛ so aba no nti. Fa wo poma yɛne wo man, w’agyapadeɛ nnwan a wɔn nko ara te kwaeɛm, Karmel atifi no. Ma wɔnnidi Basan ne Gilead sɛ tete nna no mu. Mɛma wɔahunu anwanwadeɛ sɛ nna a wɔfirii Misraim asase so baeɛ no. Amanaman bɛhunu, na wɔn ani awuwu wɔn mmaninneɛ nyinaa ho; wɔde wɔn nsa bɛtuatua wɔn ano, na wɔn aso nso bɛsisi. Wɔbɛtafere mfuturo sɛ ɔwɔ, sɛ mmoa a wɔtwe wɔn ho fam, wɔde ahopopoɔ bɛfiri wɔn huntabea aba; wɔde suro bɛbɛn AWURADE yɛn Nyankopɔn, na wɔasuro w’anim. Hwan na ɔte sɛ wo; Onyankopɔn a wode amumuyɛ kyɛ na wosiane mmarato ho ma w’agyapadeɛ nkaeɛ no? Worensɔ w’abufuo mu daa, na adɔeɛ mmom na wopɛ; yɛn ho na wobɛsane ama ne yam ahyehye wo, wobɛpepa yɛn amumuyɛ. Na wobɛto wɔn bɔne nyinaa agu ɛpo bunu mu. Fa nokorɛ kyerɛ Yakob, yi adɔeɛ kyerɛ Abraham, sɛdeɛ wokaa yɛn agyanom ntam firi tete nteredee nna mu no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Teofilo, akane nwoma a meyɛeɛ no fa nnoɔma a Yesu firii aseɛ yɛeɛ, na ɔkyerɛkyerɛeɛ nyinaa de bɛsii da a ɔnam Honhom Kronkron soɔ maa asomafoɔ a ɔyii wɔn no ahyɛdeɛ, na wɔfaa no kɔɔ soro no ho. Wɔn nso na n’amanehunu akyiri no, ɔnam adanseɛ bebree so yii ne ho kyerɛɛ wɔn sɛ ɔteasefoɔ adaduanan mu maa wɔhunuu no, na ɔkaa Nyankopɔn ahennie ho asɛm. Na ɔne wɔn hyiaeɛ no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmmfiri Yerusalem nnkɔ, na mmom wɔntwɛn Agya no bɔhyɛ a ɔse: Mote firii m’anomu no, sɛ Yohane deɛ, ɔde nsuo na ɛbɔɔ asu, na mo deɛ, nna yi mu, ɛrenkyɛ na wɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron mu. Ɛnna wɔhyiaeɛ no, wɔbisaa no sɛ: Awurade, berɛ yi mu na wobɛsane de ahennie no ama Israel anaa? Na ɔbuaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ mo asɛm, sɛ mobɛhunu berɛ anaa nna a Agya no ahyɛ ato hɔ ɔno ara ne tumi mu, na mmom sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mobɛnya ahoɔden, na moayɛ m’adansefoɔ Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohoa. Na ɔkaa yeinom wieeɛ na wɔrehwɛ no no, wɔmaa no so, na mununkum gyee no firii wɔn anim. Na ɔrekorɔ na wɔrehwɛ soro haa no, hwɛ, mmarima baanu bi a wɔhyɛ ntadeɛ fitaa bɛgyinaa wɔn nkyɛn, na wɔkaa nso sɛ: Galilea mmarima, adɛn na mogyina ha rehwɛ soro yi? Yesu yi ara a wɔafa no mo nkyɛn kɔ soro yi, ɔbɛba saa ara, sɛdeɛ mohu no sɛ ɔrekɔ soro yi. Ɛno na wɔfirii bepɔ a wɔfrɛ no Ngo Bepɔ a ɛbɛn Yerusalem bɛyɛ homeda kwan no so sane kɔɔ Yerusalem. Na wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ abansoro dan no mu; ɛhɔ na na Petro ne Yohane ne Yakobo ne Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakobo ne Simon Selote ne Yakobo ba Yuda teɛ. Na yeinom nyinaa de akoma korɔ kura mpaebɔ mu ara, wɔne mmaa no ne Maria, Yesu ne na ne ne nuanom. Na nna yi mu Petro sɔre gyinaa anuanom no mfimfini (na nkurɔfokuo a wɔahyia faako no bɛyɛ nnipa ɔha aduonu) na ɔkaa sɛ: Anuanom, ɛtwa sɛ twerɛ no a Honhom Kronkron nam Dawid anomu nsɛm so kaa no akane no nya ba mu wɔ Yuda a ɔyɛɛ wɔn a wɔkyeree Yesu no kwankyerɛfoɔ no ho. Na wɔkann no fraa yɛn, na ɔnyaa ɛsom yi kyɛfa bi somee. (Saa Yuda yi na ɔde n’amumuyɛ akatua nyaa asase, na ne nkɔnkɔ bɛwɔɔ hɔ no, ne mu paee, na ne yam adeɛ nyinaa tu gui; na wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa tee, na wɔfrɛɛ asase no wɔn ara wɔn kasa mu sɛ Hakeldama, aseɛ ne Mogya Asase.) Na wɔatwerɛ no Nnwom nwoma mu sɛ: Ne tenaberɛ nyɛ amamfo, na obiara nntena mu! Na ne hwɛ adwuma no deɛ, ɔfoforɔ mfa! Enti ɛtwa sɛ mmarima a wɔne yɛn nanteeɛ berɛ a Awurade Yesu dii yɛn mu ahyemfire no nyinaa firi Yohane asubɔ so de bɛsi da a wɔfaa no yɛn nkyɛn kɔɔ soro no mu baako ne yɛn yɛ ne sɔreɛ ho adansefoɔ. Na wɔde baanu bɛgyinaa hɔ, Yosef a wɔfrɛ no Barsaba a wɔtoo no Yusto no, ne Matia. Na wɔbɔɔ mpaeɛ sɛ: Wo, Awurade a wonim nnipa nyinaa akoma mu, kyerɛ baanu yi mu baako a woayi no sɛ ɔmfa ɛsom yi ne asomafodwuma a Yuda firii mu teree ho sɛ ɔrekɔ ɔno ara tenaberɛ no kyɛfa no nsom! Na wɔtwee wɔn so ntonto; na ntonto no bɔɔ Matia, na wɔkann no kaa asomafoɔ dubaako no ho.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Pentekoste da no duruiɛ no, na wɔn nyinaa ahyia faako. Na mpofirim no, ahum bi a ɛte sɛ mframa a emu yɛ den a ɛrebɔ firi soro bae, na ɛbɛhyɛɛ efie a wɔte mu no ma. Na tɛkyerɛma a wɔapaepae mu a ɛte sɛ ogya yiyi kyerɛɛ wɔn, na ɛbɛsisii wɔn atifi mmaako mmaako. Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wɔfirii aseɛ kasaa kasa foforɔ, sɛdeɛ Honhom no maa wɔn sɛ wɔnka. Na Yudafoɔ bi a wɔyɛ nnipa nyamesurofoɔ a wɔfiri wiase aman nyinaa mu te Yerusalem. Na wɔtee deɛ ɛrekɔ so no, nnipa pii bɛhyiae, na wɔn adwene mu yɛɛ wɔn keserenee sɛ obiara tee sɛ wɔreka ne kurom kasa. Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri ne nwanwa, na wɔkaa sɛ: Hwɛ, wɔn a wɔrekasa yi nyinaa nyɛ Galileafoɔ anaa? Na ɛyɛɛ dɛn na yɛn nyinaa te yɛn ara yɛn kasa a wɔwoo yɛn mu yi? Partifoɔ ne Mediafoɔ ne Elamfoɔ ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto ne Asia, Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛfa Kirene, ne ahɔhoɔ a wɔfiri Roma, Yudafoɔ ne wɔn a wɔadane Yudafoɔ, Kretafoɔ ne Arabfoɔ, yɛte sɛ wɔde yɛn kasa ka Nyankopɔn nnwuma akɛseɛ. Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri, na wɔn tirim yɛɛ wɔn keserenee, na wɔsesee wɔn ho sɛ: Yei ase ne sɛn? Na ebinom nso de dii fɛw sɛ: Nsa foforɔ na abo wɔn. Na Petro ne dubaako no sɔre gyinae, na ɔmaa ne nne so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yuda mmarima ne mo a mote Yerusalem nyinaa, monhunu yei, na momma me nsɛm yi nkɔ mo aso mu! Na yeinom mmoroo nsa, sɛdeɛ mosusuo yi, ɛfiri sɛ ɛyɛ anɔpa nnɔnkron. Na yei ne deɛ Odiyifoɔ Yoel kaeɛ no sɛ Onyankopɔn se: Na ɛbɛba sɛ nna a ɛdi akyire no mu no, mɛhwie me Honhom no magu honam nyinaa so, na mo mmammarima ne mo mmammaa ahyɛ nkɔm, na mo mmeranteɛ ahunhunu anisoadeɛ, na mo mpanimfoɔ asoso daeɛ; na me nkoa ne me mfenaa so na nna no mu mɛhwie me Honhom no bi maguo, na wɔahyɛ nkɔm. Na mɛma anwanwadeɛ aba ewiem wɔ ɔsoro, na nsɛnkyerɛnneɛ aba asase so ɛfam, mogya ne ogya ne wisie kumoo. Owia bɛdane sum, na ɔsrane adane mogya ansa na Awurade da kɛseɛ a ɛhyerɛn no aba. Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no, wɔbɛgye no nkwa. Israel mmarima, montie nsɛm yi! Yesu, Nasareni no, ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenneɛ ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔno Onyankopɔn no ara nam ne so yɛɛ no mo mu yii no kyerɛɛ mo, sɛdeɛ mo ara nso monim no, ɔno ara a wɔnam Nyankopɔn agyina a ɔtuiɛ, ne ne nim a ɔnim dada so yii no maeɛ no, na mofaa no, nam wɔn a wɔnni mmara nsa soɔ bɔɔ no asɛnnua mu kumm no. Ɔno na Onyankopɔn anyane no, na wasane owuya homa, ɛfiri sɛ antumi amma sɛ ɛka no hyɛ. Na Dawid kaa ne ho asɛm sɛ: Mehunuu Awurade m’anim daa, ɛfiri sɛ ɔwɔ me nifa na manhinhim. Yei nti m’akoma tɔɔ me yam, na me tɛkyerɛma ho sanee no; na me honam nso bɛda anidasoɔ mu, ɛfiri sɛ worennya me kra Asamando, na woremma wo Kronkronni no nhunu porɔeɛ. Wokyerɛɛ me nkwa akwan; wode w’anim bɛma abotɔyam amee me. Anuanom, momma me kwan na menka agya panin Dawid ho asɛm pefee menkyerɛ mo, sɛ wawu, na wɔasie no, na ne da wɔ yɛn nkyɛn ha de bɛsi nnɛ. Na sɛ ɔyɛ odiyifoɔ, na ɔnim sɛ Onyankopɔn de ntam ka kyerɛɛ no sɛ n’asene mu aba mu bi na ɔbɛtena n’ahennwa soɔ nti, ɔhunuu yei siee, na ɔkaa Kristo sɔreɛ ho asɛm sɛ wɔannya no Asamando, nanso ne honam anhunu porɔeɛ. Yesu yi ara na Onyankopɔn anyane no; ɛho adansefoɔ na yɛn nyinaa yɛ. Afei wɔmaa no so kɔɔ Nyankopɔn nifa, na ɔnyaa Agya no nkyɛn Honhom Kronkron bɔhyɛ nti na wahwie deɛ mohunu na moteɛ yi aguo. Na Dawid ankɔ soro; nanso ɔno ara kaa sɛ: Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ: Tena me nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ. Enti ma Israel fie nyinaa nhunu ampa sɛ Onyankopɔn de Yesu yi ara a mosɛnee no no ayɛ Awurade ne Kristo. Na wɔteeɛ no, ɛwowɔɔ wɔn akoma mu, na wɔka kyerɛɛ Petro ne asomafoɔ a aka no sɛ: Anuanom, yɛnyɛ dɛn? Na Petro see wɔn sɛ: Monsakyera mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu, mma mo bɔne fakyɛ, na mobɛnya Honhom Kronkron akyɛdeɛ no. Na bɔhyɛ no yɛ mo ne mo mma ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, a Awurade yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba nyinaa dea. Na ɔde nsɛm bebree kaa ho dii wɔn adanseɛ, na ɔtuu wɔn fo sɛ: Momma wɔnnye mo mfiri nnɛ mma abusua kontonkye yi mu! Ɛnna wɔn a wɔgyee n’asɛm no maa wɔbɔɔ wɔn asu. Na da no ara wɔde akra bɛyɛ mpensa bɛkaa wɔn ho. Na wɔkura asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ ne ayɔnkofa ne paanoobubuo ne mpaebɔ mu ara. Na ehu baa nnipa nyinaa so, na asomafoɔ no yɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ pii. Na wɔn a wɔgye diiɛ nyinaa hyiaa faako, na wɔn nnoɔma nyinaa yɛ kwasafodeɛ, na wɔtɔn wɔn ahonyadeɛ ne wɔn nnoɔma, na wɔkyɛɛ mu maa wɔn nyinaa, sɛdeɛ ɛhia obiara. Na daa wɔde akoma korɔ hyiaa mu wɔ asɔrefie, na wɔbubuu paanoo afie mu de ahosan ne akoma kronn dii wɔn aduane, na wɔyii Onyankopɔn ayɛ. Na wɔwɔ animuonyam ɔman no nyinaa anim. Na Awurade de wɔn a na wɔregye wɔn nkwa kaa asafo no ho daa.