Audio
stringlengths
109
111
Transcript
stringlengths
131
10.4k
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Ruben mma ne Gad mma no wɔ mmoa pii a wɔdɔɔso pa ara, na wɔhunuu Yaser ne Gilead asase, na hwɛ, na ɛhɔ yɛ baabi a ɛyɛ ma mmoa. Na Gad mma ne Ruben mma no ba bɛka kyerɛɛ Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa ne asafo no mu mmapɔmma no sɛ: Nkuro Atarot, Dibon, Yaser, Nimra, Hesbon, Eleale, Sebam, Nebo ne Beon, asase a AWURADE abrɛ no aseɛ Israel asafo anim no, yɛ asase a ɛyɛ ma mmoa; na yɛn wo nkoa wɔ mmoa. Na wɔkaa sɛ: Sɛ yɛn anim aba nyam wɔ w’anim a, ma wɔmfa asase yi mma wo nkoa na yɛnni so, na mfa yɛn ntwa Yordan. Na Mose ka kyerɛɛ Gad mma ne Ruben mma no sɛ: Mo nuanom nkɔko, na mo deɛ, montena ha? Na adɛn na motu Israelfoɔ akoma sɛdeɛ wɔrentwa nkɔ asase a AWURADE de ama wɔn no soɔ? Saa na mo nananom yɛeɛ berɛ a mesomaa wɔn firi Kades-barnea sɛ wɔnkɔhwɛ asase no, na wɔforo kɔduruu Eskol subonhwa no mu, na wɔhunuu asase no, wɔbɛtuu Israelfoɔ no akoma, na wɔankɔ asase a AWURADE de ama wɔn no so; na AWURADE bo fui da no, na ɔkaa ntam sɛ: Mmarima a wɔfiri Misraim baeɛ a wɔadi mfeɛ aduonu de rekorɔ no renhunu asase a mekaa ɛho ntam mekyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob no, ɛfiri sɛ wɔanni m’akyiri anwie! Gye Kenisini Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua, ɛfiri sɛ wɔn na wɔadi AWURADE akyiri nokorɛ mu. Na AWURADE bo fuu Israel, na ɔmaa wɔkyinkyinii ɛserɛ so mfirinhyia aduanan kɔsii sɛ awoɔ ntoatoasoɔ a wɔyɛɛ AWURADE anim bɔne no nyinaa wiee sa. Na hwɛ, moasɔre asi mo nananom ananmu, mmarima nnebɔneyɛfoɔ asefoɔ, sɛ mode AWURADE abufuhyeɛ no bi reka ho de aba Israel so ara. Sɛ mosane firi AWURADE akyi a, ɔbɛgya wɔn hɔ bio, ɛserɛ so, na moasɛe ɔman mu yi nyinaa. Ɛnna wɔtwe pinii no kaa sɛ: Yɛbɛgyegye nnwammuo wɔ ha ama yɛn mmoa, na yɛakyekyere nkuro nso ama yɛn mma; na yɛn deɛ, yɛamia asɔ akodeɛ mu adi Israelfoɔ anim akɔsi sɛ yɛde wɔn bɛduru wɔn tenabea ansa; na yɛn mma ntenatena nkuro a ɛyɛ den no mu, asase no sotefoɔ no nti. Yɛrensane mma yɛn afie de bɛkɔ akɔsi sɛ Israelfoɔ no nyinaa bɛnya wɔn agyapadeɛ mmaako mmaako adi soɔ. Na yɛne wɔn remfa agyapadeɛ wɔ Yordan agya ne akyire, ɛfiri sɛ yɛn agyapadeɛ abɛfiri Yordan agya ha wɔ apueeɛ fam ama yɛn. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ mobɛyɛ yei na moamia wɔ AWURADE anim akɔko, na mo mu wɔn a wɔamia nyinaa bɛtwa Yordan adi AWURADE anim akɔsi sɛ ɔbɛpamo n’atamfo afiri n’anim, na wɔabrɛ asase no ase AWURADE anim ansa na moasane a, ɛnneɛ na moayɛ mo asɛdeɛ AWURADE ne Israel ho, na asase yi nyɛ mo agyapadeɛ, AWURADE anim. Na sɛ moanyɛ saa a, hwɛ, na moayɛ AWURADE bɔne, na monhunu yie sɛ, mo bɔne bɛyi mo ama. Monkyekyere nkuro mma mo mma na monnyegye ban mma mo nnwan, na deɛ afiri mo anomu no, monyɛ. Na Gad mma ne Ruben mma no ka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo nkoa bɛyɛ sɛdeɛ me wura ahyɛ no. Yɛn mma ne yɛn yerenom ne yɛn nnwan ne yɛn anantwie nyinaa ntena Gilead nkuro mu hɔ; na wo nkoa mu wɔn a wɔamia rekɔ ɔsa nyinaa bɛtwam adi AWURADE anim akɔko, sɛdeɛ me wura kaeɛ no. Ɛnna Mose hyɛɛ wɔn ho mmara maa Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne Israelfoɔ mmusuakuo mu mpanimfie so atitire no. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ Gad mma ne Ruben mma ne mo twa Yordan, wɔn a wɔamia di AWURADE anim rekɔ ɔsa nyinaa, na wɔnya brɛ asase no ase mo anim a, ɛnneɛ momfa Gilead asase mma wɔn na wɔnni so; na sɛ wɔammia ne mo antwa a, ɛnneɛ Kanaan asase so na wɔmma wɔnnya tenabea wɔ mo mu. Na Gad mma ne Ruben mma buaa sɛ: Deɛ AWURADE aka akyerɛ wo nkoa no, saa ara na yɛbɛyɛ: Yɛn deɛ, yɛbɛmia adi AWURADE anim atwam akɔ Kanaan asase so, na yɛn agyapadeɛ a yɛanya Yordan agya ha no atena yɛn hɔ. Ɛnna Mose de Amorifoɔ hene Sihon ahennie ne Basan hene Og ahennie, asase no ne n’ahyeɛ mu nkuro, asase no so nkuro a atwa ahyia nyinaa maa Gad mma ne Ruben mma ne Yosef ba Manase abusuakuo fa. Na Gad mma no kyekyeree Dibon ne Atarot ne Aroer, ne Atrot-sofan ne Yaser ne Yogbeha, ne Bet-nimra ne Bet-haran, nkuro a wɔatoto ho afasuo ne nnwammuo. Na Ruben mma no kyekyeree Hesbon, Eleale, Kiriataim, Nebo ne Baal-meon (a din no sakyerasakyeraeɛ) ne Sibma, na wɔtotoo nkuro a wɔkyekyereeɛ no din. Na Manase ba Makir mma sii mu kɔɔ Gilead kɔfae, na wɔpamm Amorifoɔ a wɔwɔ hɔ no. Na Mose de Gilead maa Manase ba Makir, na ɔtenaa mu. Na Manase ba Yair sii mu kɔfaa wɔn atenaeɛ no, na ɔfrɛɛ no Yair atenaeɛ. Na Noba sii mu kɔfaa Kenat ne ɛho nkurowa, na ɔde ne din Noba toe.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yeinom ne akwan a Israelfoɔ twaeɛ berɛ a Mose ne Aaron dii wɔn anim de wɔn firi Misraim asase soɔ no, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ. Mose twerɛɛ faako a wɔtu firiiɛ ne akwan a wɔtwaeɛ, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, na yeinom ne wɔn akwantuo mu asoɛeɛ firi faako a wɔtutu firiiɛ no: Bosome a ɛdi kan no mu wɔtu firii Rameses; bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunum, Twam no akyi, adeɛ kyeeɛ, na Israelfoɔ de ahosɛpɛ kɛseɛ firi kɔeɛ wɔ Misraimfoɔ nyinaa anim; na Misraimfoɔ resie wɔn mmakan a AWURADE kunkumm wɔn mu no nyinaa; na wɔn anyame no nso, AWURADE buu wɔn atɛn. Na Israelfoɔ no tu firii Rameses kɔkyeree nsraban Sukot. Na wɔtu firii Sukot kɔkyeree nsraban Etam a ɛwɔ nsɛnoa. Na wɔtu firii Etam dane baa Pi-hahirot a ɛwɔ Baal-sefon anim, na wɔkyeree nsraban Migdol anim. Na wɔtu firii Hahirot anim kɔtwaa ɛpo no kɔɔ ɛserɛ so, na wɔnantee Etam serɛ so nnansa kwan kɔkyeree nsraban Mara. Na wɔtu firii Mara baa Elim; na Elim na na nsuo aniwa dummienu ne nkyiresua aduɔson wɔ, na wɔkyeree hɔ nsraban. Na wɔtu firii Elim kɔkyeree nsraban Mmɛwa Po ano. Na wɔtu firii Mmɛwa Po ano kɔkyeree nsraban Sin serɛ so. Na wɔtu firi Sin serɛ so kɔkyeree nsraban Dofka. Na wɔtu firii Dofka kɔkyeree nsraban Alus. Na wɔtu firii Alus kɔkyeree nsraban Refidim; na ɛhɔ na ɔman no annya nsuo annom. Na wɔtu firii Refidim kɔkyeree nsraban Sinai serɛ so. Na wɔtu firii Sinai serɛ so kɔkyeree nsraban Kibrot-hataawa. Na wɔtu firii Kibrot-hataawa kɔkyeree nsraban Haserot. Na wɔtu firii Haserot kɔkyeree nsraban Ritma. Na wɔtu firii Ritma kɔkyeree nsraban Rimon-peres. Na wɔtu firii Rimon- peres kɔkyeree nsraban Libna. Na wɔtu firii Libna kɔkyeree nsraban Risa. Na wɔtu firii Risa kɔkyeree nsraban Kehelata. Na wɔtu firii Kehelata kɔkyeree nsraban Sefer bepɔ so. Na wɔtu firii Sefer bepɔ so kɔkyeree nsraban Harada. Na wɔtu firii Harada kɔkyeree nsraban Makhelot. Na wɔtu firii Makhelot kɔkyeree nsraban Tahat. Na wɔtu firii Tahat kɔkyeree nsraban Tara. Na wɔtu firii Tara kɔkyeree nsraban Mitka. Na wɔtu firii Mitka kɔkyeree nsraban Hasmona. Na wɔtu firii Hasmona kɔkyeree nsraban Moserot. Na wɔtu firii Moserot kɔkyeree nsraban Bene- yaakan. Na wɔtu firii Bene-yaakan kɔkyeree nsraban Hor-hagidgad. Na wɔtu firii Hor-hagidgad kɔkyeree nsraban Yotbata. Na wɔtu firii Yotbata kɔkyeree nsraban Abrona. Na wɔtu firii Abrona kɔkyeree nsraban Esion-geber. Na wɔtu firii Esion- geber kɔkyeree nsraban Sin serɛ so, (ɛne Kades). Na wɔtu firii Kades kɔkyeree nsraban Hor bepɔ ho, Edom asase ano. Na Ɔsɔfoɔ Aaron foro kɔɔ Hor bepɔ so, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, kɔwuu wɔ hɔ, Israelfoɔ Misraim asase so fire afe a ɛtɔ so aduanan soɔ, bosome a ɛtɔ so nnum no da a ɛdi kan. Na Aaron wuu Hor bepɔ soɔ no, na wadi mfirinhyia ɔha aduonu mmiɛnsa. Na Kanaanni, Arad hene a ɔte Negeb no tee sɛ Israelfoɔ no reba. Na wɔtu firii Hor bepɔ ho kɔkyeree nsraban Salmona. Na wɔtu firii Salmona kɔkyeree nsraban Punon. Na wɔtu firii Punon kɔkyeree nsraban Obot. Na wɔtu firii Obot kɔkyeree nsraban Iye-abarim, Moab hyeɛ so. Na wɔtu firii Iyim kɔkyeree nsraban Dibon-gad. Na wɔtu firii Dibon-gad kɔkyeree nsraban Almon-diblataim. Na wɔtu firii Almon-diblataim kɔkyeree nsraban Abarim mmepɔ so, Nebo ntentensoɔ. Na wɔtu firii Abarim mmepɔ so kɔkyeree nsraban Moab mpaperɛ so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no. Na wɔkyeree Yordan ho nsraban firi Bet-yesimot kɔsii Abel-sitim, Moab mpaperɛ so. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Moab mpaperɛ so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ motwa Yordan kɔ Kanaan asase so a, ɛnneɛ mompamo asase no sotefoɔ nyinaa mfiri mo anim, na monsɛe wɔn aboɔ ahoni nyinaa, na wɔn ahoni a wɔaguo no, monsɛe ne nyinaa, na monsɛe wɔn nsorɔnsorɔmmea nyinaa. Na momfa asase no ntena so, na mo na mede asase no mama mo sɛ monni soɔ. Na momfa tontobɔ so nkyɛ asase no mu mma mo mmusuakuo no: Abusuakuo a ɛso no, momma ne kyɛfa nso, na deɛ ɛsua no, momma ne kyɛfa nsua; deɛ obiara tonto bɛbɔ no, ɛhɔ na ɛnyɛ ne deɛ; monnyegye mo kyɛfa sɛdeɛ mo nananom mmusuakuo teɛ. Na sɛ moampamo asase no sotefoɔ amfiri mo anim a, ɛnneɛ wɔn mu wɔn a mobɛgya wɔn no bɛdane mo aniwa mu nkasɛɛ ne mo mfe mu nnunsini, na wɔateetee mo, asase a mote soɔ no so. Na sɛdeɛ mesusuu sɛ mɛyɛ wɔn no, saa ara na mɛyɛ mo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Hyɛ Israelfoɔ no mmara na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ moduru Kanaan asase no so a, (yei ne asase a ɛbɛyɛ mo agyapadeɛ, Kanaan asase no, sɛdeɛ n’ahyeɛ teɛ). Mo anafoɔ fam nkyɛn mfiri Sin serɛ so Edom nkyɛn mu. Na mo anafoɔ fam hyeɛ no mfiri Nkyene Po awieeɛ wɔ apueeɛ; na mo hyeɛ no mmra Akrabim aforoeɛ anafoɔ fam, na ɛntwam nkɔ Sin, na ɛmfiri hɔ nkɔ Kades-barnea anafoɔ fam, na ɛmfiri hɔ nkɔ Hasar-adar ntwam nkɔfa Asmon. Na ɛhyeɛ no nkonton mfiri Asmon nkɔ Misraim subonhwa no mu, na ano nkɔpem po no ano. Na atɔeɛ fam hyeɛ no deɛ, ɛpo kɛseɛ a ɛda hɔ ma mo no na ɛnyɛ ɛhyeɛ; ɛno na ɛnyɛ mo atɔeɛ fam hyeɛ. Na yei nyɛ mo atifi fam hyeɛ: Momfiri po kɛseɛ no ano mfa mo ani nkari Hor bepɔ, na momfiri Hor bepɔ ho nkari deɛ wɔfa kɔ Hamat, na ɛhyeɛ no ano nkɔpem Sedad. Na ɛhyeɛ no mfiri hɔ nkɔ Sifron, na ano nkɔpem Hasar-enan; yei na ɛnyɛ mo atifi fam hyeɛ. Na monkari apueeɛ fam hyeɛ mfiri Hasar-enan nkɔ Sefam; na ɛhyeɛ no mfiri Sefam nsiane nkɔ Ribla, Ain apueeɛ, na ɛhyeɛ no nsiane ara nkɔpem Kineret Po no nsunoa, apueeɛ; na ɛhyeɛ no nsiane nkɔduru Yordan, na ano nkɔpem Nkyene Po ano. Yei ne mo asase no, sɛdeɛ ɛho ahyeɛ teɛ. Na Mose hyɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Yei ne asase a momfa ntontobɔ so nkyɛ mu nni soɔ a AWURADE ahyɛ sɛ wɔmfa mma mmusuakuo nkron ne fa no. Na Ruben mma abusuakuo, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ, ne Gad mma abusuakuo, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ, ne Manase abusuakuo fa no anya wɔn kyɛfa. Mmusuakuo mmienu ne fa no anya wɔn kyɛfa Yeriko, Yordan agya, anim fam ne apueeɛ. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Mmarima a wɔnkyɛ asase no mu mma mo no din nie: Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua. Na monyiyi mmusuakuo nyinaa mu mmapɔmma mmaako mmaako, na wɔnkyɛ asase no mu. Mmarima no din nie: Yuda abusuakuo mu: Yefune ba Kaleb; Simeon abusuakuo mu: Amihud ba Semuel; Benyamin abusuakuo mu: Kislon ba Elidad; Dan mma abusuakuo mu bapɔmma: Yogli ba Buki; Yosef mma no deɛ: Manase mma abusuakuo mu bapɔmma: Efod ba Haniel; Efraim mma abusuakuo mu bapɔmma: Siftan ba Kemuel; Sebulon mma abusuakuo mu bapɔmma: Parnak ba Elisafan; Isakar mma abusuakuo mu bapɔmma: Asan ba Paltiel; Aser mma abusuakuo mu bapɔmma: Selomi ba Ahihud; Naftali mma abusuakuo mu bapɔmma: Amihud ba Pedahel. Yeinom ne wɔn a AWURADE hyɛɛ wɔn sɛ wɔnkyɛ Kanaan asase mma Israelfoɔ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose wɔ Moab mpaperɛ so Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no sɛ: Hyɛ Israelfoɔ no na wɔmfa wɔn agyapadeɛ a wɔanya no mu nkuro bi mma Lewifoɔ no na wɔntena mu, na nkuro no ho mmoa adidibea nsase nso momfa mma Lewifoɔ. Na nkuro no nyɛ wɔn tenabea, na ɛho mmoa adidibea nsase no nneda hɔ mma wɔn anantwie ne wɔn nyɛmmoa ne wɔn mmoa nyinaa. Na nkuro no ho mmoa adidibea nsase a mode bɛma Lewifoɔ no mfiri kuro no fasuo akyi nkɔ basafa ahanum ahanum ntwa ho nhyia. Na monsusu kuro no akyi apueeɛ fam basafa apem ne anafoɔ fam basafa apem ne atɔeɛ fam basafa apem ne atifi fam basafa apem, na kuro no nna ntam. Yei ne nkuro no ho mmoa adidibea nsase a ɛnyɛ wɔn dea. Na nkuro a mode ma Lewifoɔ no nyɛ dwanekɔbea nkuro nsia a mode bɛma sɛ nnipakumfoɔ nnwane nkɔ hɔ; na momfa nkuro aduanan mmienu nka ho: Nkuro a mode bɛma Lewifoɔ no nyinaa nyɛ nkuro aduanan nwɔtwe ne ɛho mmoa adidibea nsase. Na nkuro a mogye firi Israelfoɔ no agyapadeɛ mu ma Lewifoɔ no, wɔn a wɔn deɛ dɔɔso no, wɔn hɔ na monnye pii, na wɔn a wɔn deɛ sua no, monnye wɔn hɔ kakraa bi. Obiara sɛdeɛ n’agyapadeɛ a wanya no dodoɔ teɛ no na ɔmfa ne nkuro no bi mma Lewifoɔ. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ no na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ motwa Yordan kɔ Kanaan asase so a, monyiyi nkuro a ɛfata na ɛnyɛ dwanekɔbea nkuro mma mo, na onipakumfoɔ a ne nsa apa obi ho no adwane akɔ hɔ. Na nkuro no nyɛ dwanekɔbea mma mo mfiri ɔweretɔfoɔ nsam, na onipakumfoɔ no anwu kɔsi sɛ ɔbɛgyina asafo anim na wɔabu no atɛn ansa. Na nkuro a mobɛyie no nyɛ mo dwanekɔbea nkuro nsia. Monyi nkuro mmiɛnsa mma Yordan agya, na monyi nkuro mmiɛnsa nso mma Kanaan asase so; ɛnyɛ dwanekɔbea nkuro, na nkuro nsia yi nyɛ dwanekɔbea mma Israelfoɔ ne ɔhɔhoɔ ne ɔmamfrani a ɔte wɔn mu, na obiara a ne nsa apa onipa bi ho no adwane akɔ hɔ. Na sɛ obi de dadeɛ bɔ obi ma no wu a, ɔyɛ owudini; kum na wɔnkum owudini no. Na sɛ obi kura ɔboɔ a ɛbɛtumi akum onipa na sɛ ɔde bɔ obi ma no wu a, ɔyɛ owudini; kum na wɔnkum owudini no. Anaasɛ ɔkura dua a ɛbɛtumi akum onipa de bɔ obi ma no wu a, ɔyɛ owudini; kum na wɔnkum owudini no. Mogya ho weretɔfoɔ na ɔnkum owudini no; ɔto no a, ɔnku no. Na sɛ ɔtane so na ɔwɔɔ no, anaasɛ ɔboapa to biribi bɔ no ma no wu, anaasɛ nitan so na ɔde ne nsa bɔ no ma no wu a, kum na wɔnkum deɛ ɔbɔɔ no no; ɔyɛ owudini: Mogya ho weretɔfoɔ, sɛ ɔto owudini no a, ɔnku no. Na sɛ obi sum obi hwe fam mpofirim na ɛnyɛ nitan so, anaasɛ ɔto adeɛ biara na ɛbɔ no, na wammoapa, anaasɛ wanhunu obi na ɔde ɔboɔ bi a ɛtumi kum onipa bɔ no ma no wu, na ɔnyɛ ne tamfo, nso ɔmpɛ no bɔne bi a, ɛnneɛ asafo no nnyina saa ahyɛdeɛ yi so mmu onipakumfoɔ no ne mogya ho weretɔfoɔ no ntam atɛn. Na asafo no nyi onipakumfoɔ no mfiri mogya ho weretɔfoɔ no nsam, na asafo no mfa no nsane nkɔ ne dwanekɔbea kuro a ɔdwane kɔɔ mu no mu, na ɔnkɔtena hɔ nkɔsi sɛ ɔsɔfo panin a wɔasra no sra ngo kronkron no bɛwuo. Na sɛ onipakumfoɔ no firi adi tra ne dwanekɔbea kuro a ɔdwane kɔɔ mu no hyeɛ so, na mogya ho weretɔfoɔ no kɔto no ne dwanekɔbea kuro no hyeɛ akyi, na mogya ho weretɔfoɔ no kɔkum onipakumfoɔ no a, ɔnni mogya ho fɔ. Na anka ɛsɛ sɛ ɔtena ne dwanekɔbea kuro no mu kɔsi sɛ ɔsɔfo panin no bɛwuo, na ɔsɔfo panin no wuo akyiri no, onipakumfoɔ no asane aba asase a ɛyɛ n’agyapadeɛ no so bio. Na yei nyɛ atemmuo ahyɛdeɛ mma mo, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, mo tenabea nyinaa mu. Obiara a ɔkum obi no, adansefoɔ anomu asɛm so na wɔmfa nkum onipakumfoɔ no; na ɔdanseni baako nnni adanseɛ nntia ɔkra biara mmma no nnwu. Nso monnnye owudini a ɔdi fɔ sɛ wakum onipa bi no hɔ biribiara mmfa nnnye no nkwa; na mmom kum na wɔnku no. Na monnnye agyedeɛ nso nnsi ne dwanekɔbea kuro mu dwanekorɔ ananmu mmma no nnsane mmmɛtena asase no so kɔsi sɛ ɔsɔfoɔ no bɛwuo. Na monnyɛ saa nngu asase a mote soɔ no ho fi, ɛfiri sɛ mogya no ara na ɛgu asase no ho fi, na wɔrentumi mfa biribiara mpata mma asase no, mogya a wɔahwie agu soɔ no nti, gye deɛ ɔkaa mogya guiɛ no ara ne mogya. Na monngu asase a mote soɔ na me nso mete mu no ho fi, na mene AWURADE a mete Israelfoɔ mu no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Gilead, Makir ba, Manase ba mma abusuakuo mu mpanimfie so atitire a wɔfiri Yosef mma mmusua mu no ba bɛkasaa Mose ne mmapɔmma no, Israelfoɔ mpanimfie so atitire no, anim, na wɔse: AWURADE ahyɛ me wura sɛ wɔmfa ntontobɔ so nkyɛ asase no mu mma Israelfoɔ na wɔnni so, na me wura nyaa AWURADE anomu mmara sɛ wɔmfa yɛn nua Selofehad agyapadeɛ mma ne mmammaa. Na sɛ wɔkɔyɛ Israelfoɔ mmusuakuo mu mma bi yerenom a, ɛnneɛ wɔn agyapadeɛ no bɛfiri yɛn nananom agyapadeɛ mu, na wɔde akɔka abusuakuo ko a wɔakɔyɛ wɔn dea no agyapadeɛ ho, na afiri yɛn ntonto kyɛfa no mu; na sɛ ɛduru Israelfoɔ ahosɛpɛ afahyɛ afe so a, wɔde wɔn agyapadeɛ no bɛka abusuakuo a wɔakɔyɛ wɔn dea no agyapadeɛ ho, na wɔayi wɔn agyapadeɛ afiri yɛn nananom abusuakuo agyapadeɛ mu. Na Mose nam AWURADE asɛm so hyɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Deɛ Yosef mma abusuakuo aka yi tene. Yei ne deɛ AWURADE ahyɛ wɔ Selofehad mmammaa no ho: Obiara a wɔsusu sɛ ɔyɛ no, wɔnware no; nanso wɔn nananom abusuakuo mu abusua bi mu nko na wɔnwareɛ; na Israelfoɔ agyapadeɛ amfiri abusuakuo bi mu ankɔ abusuakuo foforɔ bi mu, na Israelfoɔ no mfemfam wɔn nananom abusuakuo agyapadeɛ ho. Na ɔbabaa biara a ɔnya agyapadeɛ Israelfoɔ mmusuakuo mu no nyɛ obi a ɔfiri n’agya abusuakuo mu abusua bi mu yerɛ, na Israelfoɔ no nnya wɔn nananom agyapadeɛ nni so, na agyapadeɛ bi amfiri abusuakuo bi mu ankɔ abusuakuo foforɔ mu; na Israelfoɔ mmusuakuo no mfemfam wɔn agyapadeɛ ho. Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no, saa ara na Selofehad mmammaa no yɛeɛ; na Mahla, Tirsa ne Hogla ne Milka ne Noa, Selofehad mmammaa no warewaree wɔn agya nuanom mma; na wɔwarewaree wɔn a wɔfiri Yosef ba Manase mma mmusua mu, na wɔn agyapadeɛ no kaa wɔn agya abusuakuo no mu. Yeinom ne mmara nsɛm ne atemmudeɛ a AWURADE nam Mose so hyɛɛ Israelfoɔ wɔ Moab mpaperɛ so Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Saulo wuo akyi a Dawid asane afiri Amalekfoɔ kum aba no, Dawid dii Siklag nnanu. Na ne nnansa soɔ no, hwɛ, ɔbarima bi firi nsra no mu wɔ Saulo nkyɛn bae, na n’atadeɛ asunsuane, na dɔteɛ gu n’atifi. Na ɔduruu Dawid nkyɛn no, ɔbɔɔ ne mu ase maa no. Na Dawid bisaa no sɛ: Ɛhe na wofiri reba yi? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Israel nsram na mefiri dwaneeɛ yi. Na Dawid bisaa no sɛ: Ɔko no kɔɔ sɛn? Ka kyerɛ me ɛ! Na ɔse: Ɔman no adwane afiri ɔko no ano, na ɔman no mu nnipa pii atotɔ na wɔawu, na Saulo ne ne ba Yonatan nso awu. Na Dawid bisaa aberanteɛ a ɔbɛbɔɔ no amanneɛ no bio sɛ: Woyɛɛ dɛn na wohunuu sɛ Saulo ne ne ba Yonatan awuo? Na aberanteɛ a ɔbɛbɔɔ amanneɛ no kaa sɛ: Mekɔfirii Gilboa Bepɔ so, na hwɛ, na Saulo twere ne pea so, na hwɛ, nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ atu repamo ho. Na ɔhwɛɛ n’akyire no, ɔhunuu me, na ɔfrɛɛ me. Na megyee no so sɛ: Menie. Na ɔbisaa me sɛ: Wo ne hwan? Na mebuaa no sɛ: Meyɛ Amalekni. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Bɛgyina me so ku me, na nketenkete akuta me, nso me kra nyinaa da so wɔ me mu. Ɛnna megyinaa ne so kumm no, ɛfiri sɛ na menim sɛ n’ahweaseɛ akyiri no, ɔrennya nkwa. Na mefaa abotire a ɛbɔ ne tire ne kapo a ɛhyɛ ne nsa no, na mede mabrɛ me wura wɔ ha. Ɛnna Dawid sɔɔ n’atadeɛ mu suanee mu, na mmarima a wɔka ne ho no nyinaa nso yɛɛ saa. Na wɔtwaa adwo na wɔsui, na wɔkyenee kɔm kɔsii anwummerɛ maa Saulo ne ne ba Yonatan ne AWURADE man ne Israel fie, sɛ wɔatotɔ nkrantɛ ano. Na Dawid bisaa aberanteɛ a ɔka kyerɛɛ no no sɛ: Wofiri he? Na ɔse: Ɔhɔhoɔ Amalekni bi ba ne me. Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na woansuro sɛ wobɛtene wo nsa asɛe deɛ AWURADE asra no ngo no? Na Dawid frɛɛ ne mmeranteɛ no mu bi sɛ: Twe pini na to hyɛ ne so! Na ɔbɔɔ no maa no wui. Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Wo mogya ngu w’atifi, na w’ano na adi wo adanseɛ sɛ: Me na makum deɛ AWURADE asra no ngo no. Na Dawid bee Saulo ne ne ba Yonatan ho kwadwom yi, na ɔkaa sɛ wɔmfa agyan dwom yi nkyerɛ Yuda mma. Hwɛ, wɔatwerɛ no Yasar Nwoma no mu. Ɛnie: Israel, w’animuonyamfoɔ a wɔahwire wɔn mu no deda wo sorɔnsorɔmmea so. Sɛdeɛ ahoɔdenfoɔ asi atotɔ! Monnka no Gat, mommmɔ kaseɛ Askelon mmɔntene so, na Filistifoɔ mmammaa ani annye, na momonotofoɔ mmammaa anni ahurisie. Mo Gilboa mmepɔ, wɔmmma bosuo ne osuo nntɔ nngu mo so, na nnɔbaeɛ mfu mmma mo so, na ɛhɔ na wɔatoto ahoɔdenfoɔ kyɛm atwene, Saulo kyɛm, wɔamfa ngo ansra ho. Atɔfoɔ mogya, ahoɔdenfoɔ sradeɛ ho na Yonatan agyan ansane amfire, na Saulo nkrantɛ ansane amfiri ho hunu. Saulo ne Yonatan, wɔyɛ adɔfoɔ ne ahoɔfɛfoɔ. Wɔn nkwa mu ne wɔn wuo mu nso wɔanni ntetemu. Wɔn ho yɛ hare sene akɔdeɛ, wɔn ho yɛ den sene agyata. Israel mmammaa, Saulo na monsu no, ɔno na ɔfiraa mo ntoma kɔkɔɔ maa no yɛɛ fɛ, na ɔde sika ahyehyɛdeɛ guguu mo ntadeɛ soɔ. Sɛdeɛ ahoɔdenfoɔ asi atotɔ ɔko mu! Wɔahwire Yonatan mu wo sorɔnsorɔmmea so. Wo nti me ho hiahia me, me nua Yonatan, w’asɛm yɛɛ me fɛ sɛ, wo dɔ yɛɛ me nwanwa sene mmaa dɔ. Sɛdeɛ ahoɔdenfoɔ asi atotɔ, na akodeɛ asi asɛeɛ!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yei akyiri no Dawid bisaa AWURADE sɛ: Memforo nkɔ Yuda nkuro bi mu anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ! Na Dawid kaa sɛ: Ɛhe na memforo nkɔ? Na ɔse: Hebron. Ɛnna Dawid kɔɔ hɔ, ɔne ne yerenom baanu no nso, Yesreelni Ahinoam ne Abigail, Karmelni Nabal kunafoɔ no. Na Dawid de mmarima a wɔne no nam no nso ne wɔn fiefoɔ bae, na wɔbɛtenaa Hebron nkuro mu. Ɛnna Yuda mmarima ba bɛsraa Dawid ngo sii no Yuda fie so hene wɔ hɔ. Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Yabes-gileadfoɔ na wɔsiee Saulo. Dawid somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Yabes-gileadfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE nhyira nka mo sɛ moayɛ mo wura Saulo adɔeɛ sɛɛ, na moasie no. Na afei AWURADE ne mo nni no adɔeɛ ne nokorɛ so, na sɛ moayɛ saa adeɛ yi nti, me nso mɛyɛ mo saa yie yi bi. Na afei monhyɛ mo abasam den, na monyɛ mo ho mmarima, na mo wura Saulo awu, nanso Yuda fie asra me ngo asi wɔn so hene. Na Saulo safohene Abner, Ner ba faa Saulo ba Isboset de no twa kɔɔ Mahanaim, na ɔde no yɛɛ Gilead ne Asurfoɔ ne Yesreel ne Efraim ne Benyamin ne Israel nyinaa so hene. Saulo ba Isboset bɛdii Israel so hene no, na wadi mfirinhyia aduanan, na ɔdii hene mfeɛ mmienu. Nanso, Yuda fie deɛ wɔdii Dawid akyi. Na nna a Dawid dii Yuda fie so hene Hebron no ano si mfirinhyia nson ne abosome nsia. Na Ner ba Abner ne Saulo ba Isboset nkoa tu firii Mahanaim baa Gibeon. Na Seruia ba Yoab ne Dawid nkoa tu kɔe, na wɔhyia boaboaa wɔn ano wɔ Gibeon tadeɛ ho, yeinom boa ɔtadeɛ no fa ha, na yeinom boa ɔtadeɛ no fa ha. Na Abner ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Ma mmeranteɛ no nsɔre nko wɔ yɛn anim ɛ! Na Yoab kaa sɛ: Wɔnsɔre ɛ! Ɛnna wɔbuu wɔn ano sɔre kɔeɛ: Benyamin ne Saulo ba Isboset deɛ dummienu ne Dawid nkoa mu dummienu. Na wɔn nyinaa sosɔɔ wɔn mfɛfoɔ ti de wɔn nkrantɛ wowɔɔ wɔn mfɛfoɔ mfem, na wɔtotɔɔ prɛko. Enti wɔfrɛ hɔ sɛ Helkat-hasurim a ɛwɔ Gibeon. Na ɔko no mu yɛɛ den sɛ biribi da no, na Abner ne Israel mmarima no dii nkoguo Dawid nkoa no anim. Na Seruia mma baasa, Yoab, Abisai ne Asahel wɔ hɔ. Na Asahel nan ase yɛ hare sɛ wiram ɔtwe. Na Asahel pamm Abner, na wammane ankɔ nifa anaa benkum amfiri Abner akyi. Ɛnna Abner hwɛɛ n’akyire, na ɔkaa sɛ: Wo Asahel nie? Na ɔse: Mene no. Na Abner ka kyerɛɛ no sɛ: Mane fa wo nifa anaa wo benkum kɔkyere mmeranteɛ no mu bi na gye n’asadeɛ fa! Na Asahel ampɛ sɛ ɔbɛsane afiri n’akyire. Na Abner kɔɔ so ka kyerɛɛ Asahel bio sɛ: Sane firi m’akyiri kɔ! Adɛn nti na memmɔ wo nhwe fam? Na mɛtumi mama m’ani so makyerɛ wo nua Yoab sɛn? Nanso wampɛ sɛ ɔsane. Ɛnna Abner de ne pea to wɔɔ ne yafunu mu, na pea no hwiree n’akyi, na ɔhwee hɔ wuu hɔ ara. Na obiara a ɔduruu deɛ Asahel wuiɛ hɔ no, ɔgyinae komm. Na Yoab ne Abisai tii Abner. Na owia rekɔtɔ no, na wɔduruu Ama kokoɔ a ɛda Gia anim Gibeon serɛ so kwan ho no so. Na Benyaminfoɔ boaboaa wɔn ano gyinaa Abner akyi yɛɛ ekuo baako, na wɔkɔgyinaa kokoɔ bi atifi. Na Abner bisaa Yoab sɛ: Nkrantɛ nsɛe adeɛ nkɔsi da bɛn? Wonnim sɛ akyire bɛyɛ ɔtan? Na ɛnkɔsi da bɛn ansa na woaka akyerɛ w’asraafoɔ no sɛ wɔnsane mfiri wɔn nuanom akyi? Na Yoab se: Sɛ Onyankopɔn te aseɛ yi, sɛ woankasa a, anka ɛfiri anɔpa na mmarima no asan afiri wɔn nuanom akyi die. Ɛnna Yoab hyɛnee totorobɛnto no na mmarima no nyinaa gyinae, na wɔantaa Israel bio, nso wɔankɔ so anko bio. Na Abner ne ne mmarima no faa mpaperɛ so nam anadwo no nyinaa twaa Yordan nam Bitron nyinaa kɔɔ Mahanaim. Na Yoab sane firii Abner akyi, na ɔboaboaa ɔman no nyinaa ano no, na aka Dawid nkoa no mu dunkron ne Asahel. Na Dawid nkoa no akunkum Benyamin ne Abner mmarima no mu nnipa ahasa aduosia. Na wɔsoaa Asahel kɔsiee no n’agya da a ɛwɔ Betlehem no mu. Na Yoab ne ne mmarima no nam anadwo no nyinaa, na adeɛ kyee wɔn Hebron.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na akodie daa Saulo fie ne Dawid fie ntam kyɛreeɛ. Na Dawid deɛ, ɔkɔɔ so yɛɛ den ara, nanso Saulo fie deɛ, wɔkɔɔ so hodwoe ara. Na wɔwoo mmammarima maa Dawid wɔ Hebron. N’abakan ne Amnon a Yesreelni Ahinoam woo no no. Na deɛ ɔtɔ so mmienu ne Kileab a Abigail, Karmelni Nabal kunafoɔ no woo no no. Na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne Absalom a ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa Maaka ba. Na deɛ ɔtɔ so nnan ne Hagit ba Adoniya. Na deɛ ɔtɔ so nnum ne Abital ba Sefatia. Na deɛ ɔtɔ so nsia ne Dawid yere Egla ba Yitream. Yeinom na wɔwoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron. Na ɛberɛ a na akodie da Saulo fie ne Dawid fie ntam no, Abner yɛɛ ne ho kɛseɛ wɔ Saulo fie ara. Nso na Saulo wɔ mpena bi a ne din de Rispa a ɔyɛ Aya babaa. Na Isboset ka kyerɛɛ Abner sɛ: Adɛn nti na wokɔ m’agya mpena ho? Na Isboset asɛm no hyɛɛ Abner abufuo kɛseɛ maa ɔkaa sɛ: Adɛn, ɔkraman ne me na mama Yuda de me adi asie, sɛ ɛbɛsi nnɛ mayɛ w’agya Saulo fie, ne nuanom ne ne namfonom adɔeɛ a menyii wo nhyɛɛ Dawid nsa, na nso worepɛ kwaadu a ɛte saa abɔ me wɔ ɔbaa yi ho? Saa na Onyankopɔn nyɛ Abner na saa na ɔnkɔ so nyɛ no, sɛdeɛ AWURADE kaa Dawid ntam no, saa na mɛyɛ mama no, sɛ wɔbɛma ahennie no afiri Saulo fie, na wɔde Dawid ahennwa asi Israel ne Yuda so, afiri Dan akɔsi Beer-seba. Ɛsiane sɛ na Isboset suro no nti, wantumi ammua Abner asɛm biara bio. Na Abner somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔbisaa sɛ: Hwan na asase yi wɔ no? Nso ɔkaa sɛ: Ɛne me mpam. Na hwɛ, mɛboa wo ama Israel nyinaa adane aba wo nkyɛn. Na ɔkaa sɛ: Wiɛ, me ne wo bɛpam. Na adeɛ baako pɛ na merebisa no wo hɔ sɛ: Nhunu m’anim gye sɛ wode Saulo babaa Mikal ba ansa na woaba abɛhwɛ m’anim. Na Dawid somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Saulo ba Isboset nkyɛn kɔkaa sɛ: Fa me yere Mikal a mede Filistifoɔ mmarima ano ɔha megyee no awadeɛ no brɛ me. Na Isboset soma maa wɔkɔfaa no firi ne kunu Lais ba Paltiel nkyɛn. Na ne kunu no ne no kɔe, na ɔde esu dii n’akyiri ara kɔduruu Bahurim. Ɛnna Abner ka kyerɛɛ no sɛ: Sane kɔ! Na ɔsaneeɛ. Na Abner ne Israel mpanimfoɔ kasaa sɛ: Mmerɛ a atwam no na morehwehwɛ Dawid sɛ ɔmmɛdi mo so hene. Na afei monyɛ ɛ: Ɛfiri sɛ AWURADE aka akyerɛ Dawid sɛ: M’akoa Dawid nsa na mede bɛgye me man Israel, Filistifoɔ ne wɔn atamfoɔ nyinaa nsam. Na Abner kasa guu Benyamin aso mu nso, na Abner kɔe nso kɔkaa adwene pa a Israel ne Benyamin fie nyinaa afa no guu Dawid aso mu wɔ Hebron. Na Abner baa Dawid nkyɛn Hebron a nnipa aduonu ka ne ho. Na Dawid too Abner ne mmarima a wɔka ne ho no pono. Na Abner ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Mɛsɔre makɔ makɔboaboa Israel nyinaa ano mabrɛ me wura, na wɔne wo apam, na woadi wɔn a wopɛ nyinaa so hene. Na Dawid gyaa Abner kwan, maa no kɔɔ asomdwoeɛ mu. Na hwɛ, Dawid mmarima no ne Yoab firii akofoɔ asafo mu bae, na wɔde asadeɛ pii nso bae. Na Abner nni Dawid nkyɛn Hebron, ɛfiri sɛ wagya no kwan ma no kɔ dwoodwoo. Na Yoab ne dɔm a wɔka ne ho nyinaa baeɛ no, wɔka kyerɛɛ Yoab sɛ: Ner ba Abner aba ɔhene nkyɛn, na wagya no kwan, ma ɔkɔ asomdwoeɛ mu. Na Yoab baa ɔhene nkyɛn bɛkaa sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ yi? Hwɛ, Abner aba wo nkyɛn, adɛn nti na woagya no kwan na ɔkorɔ yi? Wonim Ner ba Abner sɛ ɔbaa sɛ ɔrebɛdaadaa woɔ, na wahunu wo korɔ ne wo ba, na wahunu deɛ woreyɛ nyinaa. Na Yoab firii adi firii Dawid nkyɛn, na ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔtii Abner, na wɔde no firii Sira abura ho sane bae. Na Dawid deɛ, na ɔnnim. Na Abner sane baa Hebron no, Yoab de no mane kɔɔ kuro pono no mu, sɛ ɔne no rekɔkasa kokoam; ɛhɔ na ne nua Asahel mogya nti ɔkɔwɔɔ ne yafunum sekan maa no wuiɛ. Na ɛno akyi Dawid teeɛ, na ɔkaa sɛ: Me ne m’ahennie di Ner ba Abner mogya ho bem AWURADE anim daa. Wɔmma no mmua Yoab atifi ne n’agya fie nyinaa so, nanso wɔmmma onipa a ɔwɔ babaso anaa ɔkwatani anaa deɛ ɔtwere poma so anaa deɛ ɔtɔ nkrantɛ ano anaa deɛ aduane bɔ no mmpa Yoab fie da. Na Yoab ne ne nua Abisai dii Abner awu, ɛfiri sɛ ɔkumm wɔn nua Asahel Gibeon ko no mu. Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa sɛ: Monsunsuane mo ntadeɛ mu na momfira ayitoma na montwa adwo ma Abner. Na Ɔhene Dawid dii funnaka no akyi. Na wɔkoraa Abner wɔ Hebron. Na ɔhene maa ne nne so suu Abner da so, na ɔman no nyinaa sui. Na ɔhene bee Abner ho kwadwom yi sɛ: Ogyegyentwie wuo na Abner awuo yi? Wɔankyekyere wo nsa da, na wɔanto wo nan mpokyerɛ da. Sɛ wɔtɔ amumuyɛ mma anim na woatɔ yi. Na ɔman no nyinaa kɔɔ so suu no bio. Na ɔman no nyinaa baa sɛ wɔrebɛkorɔkorɔ Dawid ama no adidi, na owia da so wɔ hɔ no, Dawid kaa ntam sɛ: Sei na Onyankopɔn nyɛ me na ɔnkɔ so nyɛ, sɛ mede aduane anaa biribiara meka m’ano ansa na owia akɔtɔ a! Na ɔman no nyinaa hunui, na ɛyɛɛ wɔn anisɔ. Adeɛ a ɔhene yɛeɛ nyinaa yɛɛ ɔman no nyinaa anisɔ. Na ɔman no nyinaa ne Israel nyinaa hunuu da no, sɛ ɛmfiri ɔhene na wɔkumm Ner ba Abner. Na ɔhene ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Monnim sɛ ɔsafohene ne onipa kɛseɛ atɔ nnɛ da yi, Israel? Na me deɛ, ɛnnɛ meyɛ mmerɛ, na wɔasra me asi me hene, na mmarima yi, Seruia mma yi yɛ den ma me. AWURADE ntua deɛ ɔyɛ bɔne so ka sɛdeɛ ne bɔne teɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Saulo ba Isboset tee sɛ Abner awu Hebron no, ne nsam goe, na Israel nyinaa bo tui. Na Saulo ba no wɔ mmarima baanu a wɔyɛ no asafohene, ɔbaako din de Baana, na deɛ ɔka ho no din de Rekab, wɔyɛ Beerotni Rimon mma a wɔfiri Benyamin mma mu. Na wɔbu Beerotfoɔ nso fra Benyaminfoɔ mu. Na Beerotfoɔ no dwane kɔɔ Gitaim kɔyɛɛ hɔ ahɔhoɔ de bɛsi nnɛ. Na Saulo ba Yonatan wɔ ɔbabarima bi a ɔyɛ apakye. Saulo ne Yonatan ho asɛm no firii Yesreel baeɛ no, na wadi mfeɛ nnum, na ne bagyegyefoɔ maa no so dwanee. Na ɔreyɛ ntɛm adwane no, ɔhwee ase, na ɔtɔɔ apakye. Na ne din de Mefiboset. Na Beerotni Rimon mma Rekab ne Baana sii mu baa Isboset fie awia ketee, nso na wada awianna. Na hwɛ, na efie hɔ pono wɛmfoɔ no reporo ayuo, na n’ani akum ama wada; enti Rekab ne ne nua Baana yɛɛ nwaa hyɛnee mu. Na wɔduruu ɛdan no mu, na ɔno nso da mpa so, ne dabekyire no, wɔwɔɔ no sekan kumm no, na wɔtwaa ne ti, na wɔde ne tiri no nam Yordan bonhwa kwan anadwo no nyinaa kɔe. Na wɔde Isboset tiri no brɛɛ Dawid wɔ Hebron, na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Hwɛ, wo tamfo Saulo ba Isboset a anka ɔrehwehwɛ wo aku woɔ no tiri nie, na ɛnnɛ da yi AWURADE atɔ Saulo ne n’asefoɔ so were ama me wura ɔhene. Nanso Dawid buaa Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baana kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE a ɔgyee me kra ahohiahia nyinaa mu te aseɛ yi, deɛ ɔbɛka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, Saulo awu, na ɛyɛɛ n’ani so sɛ asɛmpa na ɔde abrɛ me no, mekyeree no mekumm no Siklag, mede metuaa no n’asɛm no so ka, na nkantom sɛ nnipa bɔne adi onipa tenenee awu ne fie, ne mpa soɔ, na afei, meremmisa ne mogya mo nsam, na merenyi mo mfiri asase so anaa? Na Dawid hyɛɛ ne mmeranteɛ no maa wɔkumm wɔn, na wɔtwitwaa wɔn nsa ne wɔn nan de sensɛnee ɔtareɛ a ɛwɔ Hebron no ho. Na Isboset tiri no deɛ, wɔfae, na wɔsiee wɔ Abner da mu Hebron.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna Israel mmusuakuo nyinaa baa Dawid nkyɛn wɔ Hebron bɛkaa sɛ: Yɛn nie, wo bogya ne yɛn. Nso akane no a na Saulo di yɛn so hene no, wone deɛ na ɔde Israel firi adie na ɔde wɔn ba mu; na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛne me man Israel, na wo na wobɛdi Israel so hene. Na Israel mpanimfoɔ nyinaa baa ɔhene nkyɛn Hebron, na Ɔhene Dawid ne wɔn pamee wɔ Hebron, AWURADE anim, na wɔsraa Dawid ngo de no sii Israel so hene. Dawid bɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduasa, na ɔdii hene mfirinhyia aduanan. Ɔdii Yuda so hene wɔ Hebron mfeɛ nson ne abosome nsia, na ɔdii Israel ne Yuda nyinaa so hene mfeɛ aduasa mmiɛnsa wɔ Yerusalem. Na ɔhene ne ne mmarima kɔɔ Yerusalem kɔtuaa Yebusifoɔ a na wɔte asase no soɔ no, na Yebusifoɔ no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Woremma ha, na nnipa a wɔyɛ mmerɛ te sɛ anifirafoɔ ne mpakye mpo bɛsi wo kwan. Na wɔdwene sɛ, Dawid rentumi nhyɛne mu hɔ. Nanso Dawid faa Sion aban no a ɛne Dawid kuro no. Na Dawid kaa no ɛda no sɛ: Obiara a ɔbɛkum Yebusifoɔ no, ɛsɛ sɛ ɔkɔduru nsuka no ho, na wɔato ahyɛ mpakye ne anifirafoɔ a Dawid kra tan wɔn no so! Enti na wɔka sɛ: Onifirani ne apakye mmma fie. Na Dawid tenaa aban no mu, na ɔfrɛɛ no Dawid kuro. Na Dawid totoo ɛho afasuo hyiae firi Milo ne emu fam. Na Dawid kɔɔ so yɛɛ kɛseɛ ara, na AWURADE, asafo Nyankopɔn, dii n’akyi. Na Tirohene Hiram somaa abɔfoɔ maa wɔde ntweneduro nnua ne nnuasenfoɔ ne abantofoɔ baa Dawid nkyɛn na wɔkyekyeree efie maa Dawid. Na Dawid hunuu sɛ AWURADE de no asi Israel so hene pintinn na ne man Israel nti wama n’ahennie so. Na Dawid firi Hebron baeɛ akyiri no, ɔfefaa mpena na ɔwarewaree yerenom pii firii Yerusalem, na wɔwowoo mmammarima ne mmammaa maa no bio. Na wɔn a wɔwoo wɔn maa Dawid wɔ Yerusalem no din nie: Samua, Sobab, Natan, Salomo, Yibhar, Elisua, Nefeg, Yafia, Elisama, Eliada ne Elifelet. Na Filistifoɔ tee sɛ wɔasra Dawid de no asi Israel so hene no, Filistifoɔ nyinaa foro baa sɛ wɔrebɛhwehwɛ Dawid. Na Dawid teeɛ no, ɔsiane kɔɔ aban no mu. Na Filistifoɔ no ba bɛbɔɔ nsraban wɔ Refaim bonhwa mu. Na Dawid bisaa AWURADE sɛ: Menkɔ Filistifoɔ no so anaa? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ, na mede Filistifoɔ no bɛhyɛ wo nsa ampa. Na Dawid kɔɔ Baal- perasim, na Dawid kunkumm wɔn hɔ, na ɔkaa sɛ: AWURADE apae m’atamfoɔ mu m’anim sɛdeɛ wɔpae nsuo mu no. Enti ɔfrɛɛ hɔ sɛ Baal-perasim. Na wɔgyaa wɔn ahoni hɔ; na Dawid ne ne nnipa no tase kɔeɛ. Na Filistifoɔ no sane foro baa bio bɛbɔɔ nsraban wɔ Refaim bonhwa mu. Na Dawid bisaa AWURADE no, ɔkaa sɛ: Nkɔ! Dane wo ho kɔsi wɔn akyi, na fa baka nnua no ntentensoɔ bra wɔn so. Na sɛ wote nanteɛ nka baka nnua no atifi a, ɛnneɛ ka wo ho, ɛfiri sɛ ɛkyerɛ sɛ AWURADE afiri redi w’anim akɔkum Filistifoɔ dɔm no. Na Dawid yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, na ɔkumm Filistifoɔ no firi Geba de kɔduruu Geser.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Dawid sane hyiahyiaa Israel mmarima a wɔayi wɔn nyinaa bio, wɔn ano si mpem aduasa. Na Dawid sɔreeɛ, na ɔne dɔm a wɔka ne ho nyinaa kɔ kɔfirii Baale-yuda, sɛ wɔrekɔfa Nyankopɔn apam adaka a wɔbɔ din a ɛyɛ asafo AWURADE a ɔte Kerubim ntam no din wɔ soɔ no afiri hɔ aba. Na wɔde Nyankopɔn adaka no sii teaseɛnam foforɔ so firii Abinadab fie a ɛwɔ kokoɔ soɔ no mu, na Abinadab mma Usa ne Ahio de teaseɛnam foforɔ a Nyankopɔn adaka no si soɔ no kɔe. Na Ahio di adaka no anim. Na Dawid ne Israel fie nyinaa de wɔn ahoɔden nyinaa de nsankuo, bɛnta a wɔde pepeaa nnua ayɛ, mpintin, nnonno, nsambɔ ne nnawuro goroo AWURADE anim. Na wɔduruu Nakon ayuporebea no, Usa tenee ne nsa kɔkaa Nyankopɔn adaka no sɔɔ mu, ɛfiri sɛ anantwie no hinhimii. Na AWURADE bo fuu Usa, na mfomsoɔ no nti Onyankopɔn bɔɔ no wɔ hɔ, na ɔwuu Nyankopɔn adaka no nkyɛn mu. Na Dawid bo fui sɛ AWURADE atwe Usa aso wɔ n’abufuo mu. Na ɔfrɛɛ hɔ din sɛ Peres-usa de bɛsi nnɛ. Na Dawid suroo AWURADE da no, na ɔkaa sɛ: AWURADE adaka no bɛba me nkyɛn sɛn nie? Enti Dawid ampɛ sɛ ɔde AWURADE adaka no ba ne nkyɛn, Dawid kuro no mu, na Dawid de mane kɔɔ Gitini Obed-edom fie. Na AWURADE adaka no sii Gitini Obed-edom fie abosome mmiɛnsa, na AWURADE hyiraa Obed-edom ne ne fie nyinaa. Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE ahyira Obed-edom fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa, Nyankopɔn adaka no nti. Na Dawid kɔ kɔfaa Nyankopɔn adaka no firii Obed-edom fie de baa Dawid kuro mu anigyeɛ mu. Na wɔn a wɔso AWURADE adaka no tutuu anammɔn nsia no, ɔde nantwie ne aboa a wadɔ bɔɔ afɔdeɛ. Na Dawid de n’ahoɔden nyinaa sae wɔ AWURADE anim; nso na Dawid de nwera asɔfotadeɛ amia. Na Dawid ne Israel fie nyinaa de osebɔ ne totorobɛntohyɛn de AWURADE adaka no foro bae. Na ɛbaa sɛ AWURADE adaka no duruu Dawid kuro mu no, Saulo babaa Mikal hwɛɛ mpomma mu, na ɔhunuu Ɔhene Dawid sɛ ɔrehurihuri na ɔresa AWURADE anim, na ɔbuu no animtia n’akoma mu. Na wɔde AWURADE adaka no bae de bɛsii ne siberɛ, ntomadan a Dawid asi ama no no mu. Na Dawid bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ AWURADE anim. Na Dawid wiee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no bɔ no, ɔde asafo AWURADE din hyiraa ɔman no. Na ɔkyɛɛ adeɛ maa ɔman no nyinaa, Israel man mu no nyinaa, mmarima ne mmaa, ɔmaa wɔn mu biara paanoo mua baako ne nankum ne bobe aba taterɛ. Ɛnna ɔman no nyinaa sii mu kɔɔ wɔn fie. Ɛnna Dawid sane bɛhyiraa ne fiefoɔ. Na Saulo ba Mikal firii adi bɛhyiaa Dawid, na ɔkaa sɛ: Animuonyam bɛn na Israel hene anya nnɛ, sɛ wapa ne ho nnɛ wɔ n’asomfoɔ mfenaa anim, sɛ ahuhufoɔ no bi pa ne ho a n’ani mmu ne dwɛ! Na Dawid ka kyerɛɛ Mikal sɛ: AWURADE a ɔfirii w’agya ne ne fie nyinaa akyi yii me na ɔhyɛɛ me sɛ menni ne man Israel so hene no anim na megoroeɛ. Na mɛyɛ awiɛmfoɔ masene yei bio, na mayɛ w’ani so famni. Na mfenaa a woaka no, wɔn na mɛnya animuonyam wɔ wɔn ani so. Na Saulo babaa Mikal annya ɔba de kɔsii ne wuda.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔhene te ne fie na AWURADE maa no ɔhome firii n’atamfo nyinaa ho hyiaeɛ no, ɔhene ka kyerɛɛ Odiyifoɔ Natan sɛ: Hwɛ, me deɛ, mete tweneduro dan mu, na Nyankopɔn adaka si ntomadan mu. Na Natan ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Deɛ ɛwɔ w’akoma mu nyinaa kɔyɛ, na AWURADE di w’akyi. Na ɛbaa sɛ, anadwo no ara AWURADE asɛm baa Natan nkyɛn sɛ: Kɔ na kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Wo na wobɛsi dan ama matena mu? Na ɛfiri da a meyii Israelfoɔ firii Misraim baeɛ de bɛsi nnɛ yi mentenaa efie mu da, na mmom menam ntomadan tenabea mu. Baabiara a me ne me man Israelfoɔ nyinaa anante akɔ no, me ne atemmufoɔ a mayi wɔn sɛ wɔnhwɛ Israel so no bi akasa sɛ adɛn nti na moansi ntweneduro dan amma me anaa? Na afei kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Me na mefaa wo firii nnwanhwɛbea, firii nnwan akyiridie sɛ bɛyɛ me man Israel so hene. Na medii w’akyi baabiara a wokɔeɛ, na matwitwa w’atamfo nyinaa afiri w’anim, na mɛma woanya din kɛseɛ sɛ asase so nnipa akɛseɛ din. Na mɛsiesie tenabea ama me man Israel, na mɛdua wɔn ama wɔatena wɔn tenabea, na wɔanhwanyan wɔn bio, na amumuyɛ mma anha wɔn bio sɛ akane no, ɛberɛ a mehyɛɛ atemmufoɔ sɛ wɔnni me man Israel soɔ no; na mɛma woahome afiri w’atamfo nyinaa nsam. Na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ AWURADE na ɔbɛkyekyere efie ama woɔ. Sɛ wo nna wie duru na woti w’agyanom wɔ asamando a, mɛma w’aseni a ɔfiri wo yam so w’akyi, na mama n’ahennie atim. Ɔno na ɔbɛsi dan ama me din, na mama n’ahennie adwa atim akɔsi daa. Me na mɛyɛ no agya, na ɔno nso ayɛ me ɔba. Na sɛ ɔfom a, mede nnipa abaa ne nnipa mma mpire bɛtea no. Na m’adɔeɛ remfiri ne ho sɛdeɛ ɛfirii Saulo a metuu no w’anim no ho no. Na wo fie ne w’ahennie bɛtim akɔsi daa wɔ m’anim, w’ahennwa bɛtim pintinn akɔsi daa. Na sɛdeɛ nsɛm yi nyinaa ne anisoadehunu yi nyinaa teɛ no, saa ara na Natan ka kyerɛɛ Dawid. Ɛnna Ɔhene Dawid ba bɛtenaa AWURADE anim, na ɔkaa sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, mene hwan, na me fie ne deɛn sɛ wode me abɛduru ha yi? Nanso yei da so yɛ w’ani so ketewa, O AWURADE Nyankopɔn; na woaka daakye a ɛwɔ akyirikyiri ho asɛm nso akyerɛ w’akoa fie; na woakyerɛ me awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba, AWURADE Nyankopɔn, na ɛdeɛn na Dawid nkɔ so nka nkyerɛ wo bio? Na wo na wonim w’akoa, O AWURADE Nyankopɔn. Ɛsiane w’asɛm a woaka no nti ne sɛdeɛ w’akoma teɛ no na woayɛ ade kɛseɛ yi, sɛ wobɛma w’akoa ahunu. Enti woso kokuroo, AWURADE Nyankopɔn, na obiara nni hɔ a ɔte sɛ woɔ, na onyame biara nso nni w’akyi, sɛ nsɛm a yɛde yɛn aso ateɛ no nyinaa teɛ no. Na ɔman foforɔ bɛn na ɛwɔ asase soɔ a ɛte sɛ wo man Israel, wɔn a Onyankopɔn akɔgye wɔn afa ayɛ ne man na ɔde agye din, na wayɛ nnoɔma akɛseakɛse a ɛyɛ hu ama wɔn, ɛberɛ a wogyee wo man firii Misraim maa wo ho, wɔ amanaman ne wɔn anyame nsam no anim? Na woasiesie wo man Israel afa de wɔn ayɛ wo man kɔsi daa, na wo AWURADE, woayɛ wɔn Nyankopɔn. Na afei, ao, AWURADE Nyankopɔn, asɛm a woaka no w’akoa ne ne fie ho no, ma no nnyina nkɔsi daa, na yɛ sɛdeɛ woaka no. Na wo din bɛkorɔn akɔsi daa na wɔaka sɛ: Asafo AWURADE ne Israel so Nyankopɔn. Na w’akoa Dawid fie bɛgyina w’anim pintinn. Na wo, asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, woayi w’akoa asotire sɛ: Mɛkyekyere efie mama wo, enti na w’akoa asi ne bo rebɔ wo saa mpaeɛ yi. Na afei, O AWURADE Nyankopɔn, wo ara wone Onyankopɔn, na wo nsɛm yɛ nokorɛ, na wode adepa yi ahyɛ w’akoa bɔ, na afei ma no nyɛ wo fɛ sɛ wobɛhyira w’akoa fie na agyina wɔ w’anim daa. Na wo, O AWURADE Nyankopɔn, wo na woaka, na wo nhyira mu na wɔbɛhyira w’akoa fie daa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yei akyiri no, Dawid ko dii Filistifoɔ so, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na Dawid gyee Metegamma firii Filistifoɔ nsam. Na ɔkaa Moab nso gui, na ɔmaa wɔdedaa fam akuo mmiɛnsa. Na wɔkumm nnipa akuo no mu mmienu, na wɔgyaa ekuo baako sɛ wɔntena ase. Na Moabfoɔ bɛyɛɛ Dawid nkoa a wɔtua apeatoɔ ma no. Dawid kaa Sobahene Rehob ba Hadadeser nso gui, ɛberɛ a ɔkɔɔ sɛ ɔrema ne tumi akɔso Asubɔntene Eufrate ho no mu. Na Dawid kyeree wɔn apɔnkɔsotefoɔ no mu apem ahanson ne anammɔnmufoɔ mpem aduonu, na Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa nantin ntini, na ɔgyaa wɔn mu nteaseɛnam ɔha deɛ. Na Damasko Siriafoɔ baa sɛ wɔrebɛboa Sobahene Hadadeser no, Dawid kumm Siriafoɔ no mu nnipa mpem aduonu mmienu. Ɛnna Dawid de bansifoɔ kɔtenaa Damasko a ɛwɔ Siria, na Siria yɛɛ Dawid nkoa a wɔtua apeatoɔ. Na AWURADE boaa Dawid maa no dii nim wɔ baabiara a ɔkɔeɛ nyinaa. Na Dawid gyegyee sika akyɛm a na Hadadeser nkoa kura no de baa Yerusalem. Na Ɔhene Dawid faa kɔbere mfrafraeɛ pii pa firii Hadadeser nkuro Beta ne Berotai mu. Na Hamathene Toi tee sɛ Dawid aka Hadadeser dɔm nyinaa aguo no, Toi somaa ne ba Yoram baa Ɔhene Dawid nkyɛn bɛkyeaa no maa no amo, sɛ ɔne Hadadeser ako na waka no aguo, ɛfiri sɛ na Hadadeser ne Toi di ako. Na Yoram kura dwetɛ nnwinneɛ ne sika nnwinneɛ ne kɔbere mfrafraeɛ nnwinneɛ de bae. Ɛno nso na Ɔhene Dawid de yɛɛ akronkronneɛ maa AWURADE, sɛ dwetɛ ne sika a ɛfiri amanaman a ɔbrɛɛ wɔn aseɛ no nyinaa mu a ɔde yɛɛ akronkronneɛ no, ɛfiri Edom, Moab, Amonfoɔ, Filistifoɔ, Amalekfoɔ ne Sobahene Rehob ba Hadadeser asadeɛ no mu. Na Dawid sane firii Siriafoɔ kum no, ɔde gyee din wɔ Nkyene-bonhwa mu sɛ ɔkumm Edomfoɔ mpem dunwɔtwe. Na ɔde asraafoɔ bansifoɔ tenaa Edom; Edom nyinaa mu na ɔde bansifoɔ tenatenaeɛ, na Edomfoɔ nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Na AWURADE boaa Dawid maa no dii nim baabiara a ɔkɔeɛ nyinaa. Na Dawid dii Israel nyinaa so hene; na Dawid de atɛntenenee ne tenenee dii asɛm maa ne manfoɔ nyinaa. Na Seruia ba Yoab na na ɔdi asraafoɔ dɔm no soɔ, na Ahilud ba Yehosafat ne deɛ ɔtwerɛ nsɛm de sie, na Ahitub ba Sadok ne Abiatar ba Ahimelek ne asɔfoɔ, na Seraia ne ɔtwerɛfoɔ, na Yoiada ba Benaia na na ɔdi Keretifoɔ ne Peletifoɔ no soɔ, na Dawid mma ne asɔfoɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Dawid bisaa sɛ: Obi da so wɔ hɔ a waka Saulo fie, na Yonatan nti mɛyɛ no adɔeɛ? Na Saulo fie somfoɔ bi wɔ hɔ a ne din de Siba. Na wɔkɔfrɛɛ no maa no baa Dawid nkyɛn, ɛnna ɔhene bisaa no sɛ: Wone Siba? Na ɔse: W’akoa ne no. Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Obi nni Saulo fie bio a mede Nyankopɔn adɔeɛ bɛyɛ no anaa? Na Siba se: Yonatan babarima bi da so wɔ hɔ a ɔyɛ apakye. Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔwɔ he? Na Siba buaa ɔhene sɛ: Hwɛ, ɔwɔ Amiel ba Makir fie wɔ Lo-debar. Na ɔhene soma maa wɔkɔfaa no firii Amiel ba Makir fie wɔ Lo-debar bae. Na Saulo ba Yonatan ba Mefiboset duruu Dawid nkyɛn no, ɔbɔɔ ne mu ase maa no. Na Dawid kaa sɛ: Mefiboset. Na ɔse: W’akoa nie. Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na w’agya Yonatan nti mɛyɛ wo adɔeɛ, na mɛdane w’agya Saulo asase nyinaa mama wo, na woadidi me pono so daa daa. Na ɔkoto kaa sɛ: W’akoa ne hwan a worehwɛ no teta sɛ ɔpɛtɛ funu yi? Ɛnna ɔhene frɛɛ Saulo somfoɔ Siba, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adeɛ a ɛyɛ Saulo ne ne fie deɛ no nyinaa mede mama wo wura ba. Enti dɔ asase no ma no, wo ne wo mma ne wo nkoa, na fa so aba bra, na wo wura ba nnya aduane nni. Na wo wura ba Mefiboset deɛ, ɔbɛdidi me pono so daa daa. Nso na Siba wɔ mmammarima dunum ne nkoa aduonu. Na Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛ me wura ɔhene ahyɛ n’akoa no nyinaa no, saa ara na w’akoa bɛyɛ. Na ɔhene kaa sɛ: Mefiboset deɛ, ɔnnidi me pono so sɛ ɔhene mma mu bi. Na Mefiboset wɔ ɔbabarima kumaa bi a wɔfrɛ no Mika. Na wɔn a wɔte Siba fie nyinaa yɛ Mefiboset nkoa. Na Mefiboset tenaa Yerusalem, na ɔhene pono so na na ɔdidie daa daa. Na ɔtɔ ne nan mmienu so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yei akyiri no, Amonfoɔ hene wui, na ne ba Hanun bɛsii n’ananmu dii hene. Ɛnna Dawid kaa sɛ: Mɛyɛ Nahas ba Hanun adɔeɛ, sɛdeɛ n’agya yɛɛ me adɔeɛ no. Na Dawid somaa ne nkoa maa wɔkɔmaa no hyɛden, n’agya wuo no nti. Na Dawid nkoa no duruu Amonfoɔ asase so. Ɛnna Amonfoɔ mpanimfoɔ ka kyerɛɛ wɔn wura Hanun sɛ: Wodwene sɛ Dawid di w’agya ni nti na wasoma wo nkyɛn awerɛkyekyefoɔ yi? Ɛnyɛ kuro yi mu hwehwɛ ne ne nsra ne ne butuo nti na Dawid somaa ne nkoa maa wɔbaa wo nkyɛn yi? Na Hanun faa Dawid nkoa no yii wɔn bɔgyesɛ fa fa, na ɔtwitwaa wɔn ntadeɛ mu fa fa bɛduruu wɔn ataaso, na ɔgyaa wɔn kwan. Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid no, ɔsoma maa wɔkɔhyiaa wɔn, ɛfiri sɛ wɔasopa mmarima no pa ara. Na ɔhene kaa sɛ: Montena Yeriko nkɔsi sɛ mo bɔgyesɛ bɛfuo ansa na moasane aba. Na Amonfoɔ no hunuu sɛ Dawid bo afu wɔn no, Amonfoɔ no soma maa wɔkɔbobɔɔ Bet-rehob Siriafoɔ ne Soba Siriafoɔ paa, anammɔnmufoɔ mpem aduonu ne Maakahene nnipa apem ne Tob mmarima mpem dummienu. Na Dawid teeɛ no, ɔsomaa Yoab ne akofoɔ dɔm no nyinaa kɔe. Na Amonfoɔ firii adi bɛtwaa mpasua kuro no pono ano; na Soba ne Rehob, Siriafoɔ ne Tob ne Maaka mmarima no nko gyinaa wiram. Na Yoab hunuu sɛ ɛdɔm no kyerɛ n’anim ne n’akyiri no, ɔyii Israel mu dɔmmarima nyinaa mu bi maa wɔmia kɔhyiaa Siriafoɔ. Na ne dɔm no nkaeɛ no, ɔde wɔn hyɛɛ ne nua Abisai nsa maa no twa kɔhyiaa Amonfoɔ. Na ɔkaa sɛ: Sɛ Siriafoɔ yɛ den sene me a, bɛboa me, na sɛ Amonfoɔ na wɔyɛ den sene wo a, mɛba mabɛboa wo. Hyɛ wo ho den na ma yɛnko sɛ mmarima mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkuro. Na AWURADE nyɛ deɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ. Na Yoab ne ɛdɔm a wɔka ne ho no ne Siriafoɔ de bɔɔ ani, na wɔdwanee n’anim. Na Amonfoɔ no hunuu sɛ Siriafoɔ adwane no, wɔn nso wɔdwanee Abisai anim kɔhyɛnee kuro no mu. Ɛnna Yoab sane firii Amonfoɔ koo no mu baa Yerusalem. Na Siriafoɔ hunuu sɛ wɔadi nkoguo wɔ Israelfoɔ anim no, wɔboaboaa wɔn ano faako. Na Hadadeser soma maa wɔkɔfaa Siriafoɔ a wɔwɔ Eufrate agya no bae, na wɔbaa Helam. Na Hadadeser sahene Sobak dii wɔn anim. Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano, na ɔkɔtwaa Yordan kɔɔ Helam. Na Siriafoɔ twitwaa mpasua hyiaa Dawid, na wɔne no koe. Na Siriafoɔ dwanee Israel anim; na Dawid kunkumm Siriafoɔ mu nteaseɛnamfoɔ ahanson ne apɔnkɔfoɔ mpem aduanan, na ɔpiraa ɔsahene Sobak maa no wuu wɔ hɔ. Na ahemfo a wɔyɛ Hadadeser nkoa no nyinaa hunuu sɛ wɔadi nkoguo wɔ Israel anim no, wɔne Israel yɛɛ asomdwoeɛ apam, na wɔsom wɔn. Na Siriafoɔ suroo sɛ wɔbɛboa Amonfoɔ no bio.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na afe bi mu wɔ ɔpɛ berɛ mfitiaseɛ a ahemfo tu sa mu no, Dawid somaa Yoab a ne nkoa ka ne ho, ne Israel nyinaa sɛ wɔnkɔsɛe Amonfoɔ; na wɔkɔtuaa Raba. Na Dawid deɛ, ɔtenaa Yerusalem. Na da bi anwummerɛ a Dawid sɔre firii ne mpa soɔ na ɔnenam ɔhene dan atifi no, ɔfiri ɛdan no atifi hɔ hunuu ɔbaa bi sɛ ɔredwareɛ, na na ɔbaa no ho yɛ fɛ sɛ. Na Dawid soma maa wɔkɔbisaa ɔbaa no ho asɛm. Na wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ Eliam ba Batseba, Hetini Uria yere no nie? Na Dawid somaa abɔfoɔ maa wɔkɔfaa ɔbaa no baa ne nkyɛn, na ɔne no dae. Na ɔsane kɔɔ ne fie. (Nso ɛberɛ no mu na ɔredwira ne ho afiri ne nsabuo no mu.) Na ɔbaa no nyinsɛnee, na ɔsoma maa wɔkɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Manyinsɛn. Na Dawid soma maa wɔkɔɔ Yoab nkyɛn sɛ: Ma Hetini Uria mmra me nkyɛn. Na Yoab somaa Uria baa Dawid nkyɛn. Na ɛberɛ a Uria bɛduruu ne nkyɛn no, Dawid bisaa no sɛdeɛ Yoab ne ɛdɔm no ho teɛ ne sɛdeɛ ɛsa no rekorɔ. Na Dawid ka kyerɛɛ Uria sɛ: Siane kɔ wo fie na kɔhohoro wo nan ase. Na Uria firii ɔhene fie kɔeɛ no, wɔde ɔhene ayɛyɛdeɛ firi dii n’akyi. Na Uria kɔdaa ɔhene fie pono ano, ɔne ne wura nkoa nyinaa, na wansiane ankɔ ne fie. Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Uria ansiane ankɔ ne fie. Na Dawid bisaa Uria sɛ: Ɛnyɛ ɔkwan na wofiri baeɛ? Adɛn nti na woansiane ankɔ wo fie? Na Uria buaa Dawid sɛ: Onyankopɔn adaka no ne Israel ne Yuda tete asese mu, na me wura Yoab ne me wura nkoa abobɔ nsraban wiram, na me deɛ, menkɔ me fie menkɔdidi na mennom na me ne me yere nna anaa? Sɛ wote aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merenni saa asɛm yi. Na Dawid ka kyerɛɛ Uria sɛ: Tena ha nnɛ nso, na ɔkyena mɛma woakɔ. Ɛnna Uria tenaa Yerusalem da no ne adekyeeɛ. Na Dawid hyiaa no, na ɔdidii n’anim na ɔnomee, na ɔmaa no boroe; na anwummerɛ no, ɔfirii adi kɔdaa ne mpa so, ɔne ne wura nkoa, na wansiane ankɔ ne fie. Na adeɛ kyee anɔpa no, Dawid twerɛɛ nwoma de nam Uria so kɔmaa Yoab, na ɔtwerɛɛ no nwoma no mu sɛ: Ma Uria nkɔdi dɔm a ɛyɛ den no ano, na montwe mo ho mfiri n’akyi, na wɔmmɔ no, na ɔntɔ. Na ɛbaa sɛ, Yoab retua kuro no no, ɔde Uria kɔdii deɛ ɔnim sɛ dɔmmarima wɔ no. Na kuro no mu mmarima firii adi ne Yoab bɛkoe, na dɔm a wɔyɛ Dawid nkoa no mu bi totɔe, na Hetini Uria nso tɔe. Ɛnna Yoab soma maa wɔkɔkaa ɛsa no mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ Dawid. Na ɔhyɛɛ ɔbɔfoɔ no sɛ: Sɛ woka ɛsa no mu nsɛm nyinaa kyerɛ ɔhene wie, na ɔhene bo fu na ɔka kyerɛ wo sɛ: Adɛn nti na mobɛn kuro no kɔkoo saa? Monnim sɛ wɔbɛfiri ɔfasuo no so abɛtoto agyan? Hwan na ɔkumm Yerubeset ba Abimelek? Ɛnyɛ ɔbaa bi na ɔtoo ayuyammoɔ ba firi ɔfasuo so bɔɔ no maa no tɔeɛ Tebes no? Adɛn nti na mobɛn ɔfasuo no saa? Ɛnneɛ ka sɛ: W’akoa Uria, Hetini no nso atɔ. Na ɔbɔfoɔ no sii mu, na ɔbɛkaa asɛm a Yoab de somaa no no nyinaa kyerɛɛ Dawid. Na ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Mmarima no yɛɛ yɛn so den, na wɔfiri baa yɛn so petee mu no, yɛpamm wɔn ara kɔduruu kuro no pono ano. Na agyantofoɔ no firi ɔfasuo no so toto guu wo nkoa so, na ɔhene nkoa no bi totɔe, na w’akoa Uria, Hetini no nso atɔ. Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ no sɛ: Sei na kɔka kyerɛ Yoab: Mma asɛm yi nha wo, na nkrantɛ twa ha na ɛtwa ha nso. Ma wo ko no mu nyɛ den ntia kuro no, na dwiri gu. Na hyɛ no nkuran. Na Uria yere no tee sɛ ne kunu Uria awuo no, ɔgyamm ne wura no. Na kunayɛ berɛ twaa mu no, Dawid soma maa wɔkɔfaa no baa ne fie, na ɔbɛyɛɛ ne yere, na ɔwoo babarima maa no. Na asɛm a Dawid diiɛ no ansɔ AWURADE ani.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE somaa Natan maa no kɔɔ Dawid nkyɛn. Na ɔbaa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Mmarima baanu tenaa kuro bi mu, ɔbaako yɛ ɔdefoɔ, na ɔbaako yɛ ohiani. Ɔdefoɔ no wɔ nnwan, mmirekyie ne anantwie bebree pa ara, na ohiani no deɛ, na ɔnni hwee sɛ odwammereɛ ketewa baako a ɔtɔɔ no. Na ɔyɛnee no, na ɔne no ne ne mma bɔɔ mu nyinii. Ɔdi ne buprɛko bi, na ɔnom ne kuruwa ano, na ɔda ne koko mu, na ɔyɛɛ no sɛ ɔbabaa. Da koro bi a ɔhɔhoɔ bi baa ɔdefoɔ no nkyɛn no, wampɛ sɛ ɔde ne nnwan ne n’anantwie no bi som ɔkwantuni a ɔbɛsoɛɛ no no hɔhoɔ, na ɔkɔfaa ohiani no dwan no siesie maa ɔbarima a ɔbaa ne nkyɛn no. Ɛnna Dawid bo fuu pii tiaa ɔbarima no, na ɔka kyerɛɛ Natan sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, ɔbarima a ɔyɛɛ yei no sɛ wuo. Na odwan no, ɔnhyɛ ananmu mprɛnnan, sɛ wadi saa asɛm yi na wanhunu mmɔborɔ. Ɛnna Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Wone ɔbarima no! Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Me na mesraa wo ngo de wo sii Israel so hene, na me na meyii wo Saulo nsam; na mede wo wura fie memaa wo, na mede wo wura yerenom nso meguu wo kokom, na mede Israel ne Yuda fie memaa woɔ; na sɛ ɛsua a, anka mede pii saa ara bɛka wo ho. Adɛn nti na woabu AWURADE asɛm animtia ayɛ n’anim bɔne yi? Wode nkrantɛ akum Hetini Uria, na woafa ne yere ayɛ wo yere, na wode Amonfoɔ nkrantɛ adi no awu. Na afei nkrantɛ remfiri wo fie da, ɛsiane sɛ woabu me animtia na woafa Hetini Uria yere abɛyɛ wo yere. Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mɛma bɔne asɔre wo fie aba wo so, na magye wo yerenom w’anim mede mama wo yɔnko, na ɔne wo yerenom adeda petee mu, awia ketee. Na wo deɛ, woyɛɛ no ahuntaeɛ mu, na me deɛ, mɛdi asɛm yi Israel nyinaa anim awia ketee. Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Natan sɛ: Mayɛ AWURADE bɔne. Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE nso de wo bɔne akyɛ wo, worenwu. Nanso sɛ wode asɛm a woadie yi ama AWURADE atamfoɔ anya kwan aka abususɛm atia no nti, ɛyɛ dɛn ara a, ɔba a wɔawo no ama woɔ no bɛwu. Na Natan kɔɔ ne fie. Na AWURADE de owuyadeɛ bɔɔ ɔba a Uria yere no wo maa Dawid no. Na Dawid srɛɛ Onyankopɔn maa abɔfra no; na Dawid bua dae, na ɔkɔɔ dan mu kɔdaa fam anadwo no. Na ne fie mpanimfoɔ bɛgyinaa ne ho sɛ anka wɔbɛma ne so afiri fam; nanso wampene, na ɔne wɔn nso annidi. Na da a ɛtɔ so nson no akɔkoaa no wui. Na Dawid asomfoɔ no suroo sɛ wɔbɛka akyerɛ no sɛ akɔkoaa no awu, na wɔkaa sɛ: Hwɛ, akɔkoaa no da so te aseɛ no mpo, yɛne no kasae, na wantie yɛn: Na yɛbɛyɛ dɛn aka akyerɛ no sɛ akɔkoaa no awu na ɔrenyɛ ne ho bɔne bi anaa? Nanso ɛberɛ a Dawid hunuu sɛ n’asomfoɔ no reyɛ huhuhuhu no, ɔhunuu sɛ akɔkoaa no awu; enti Dawid bisaa ne nkoa no sɛ: Akɔkoaa no awu anaa? Na wɔse: Wawu. Ɛnna Dawid sɔre firii fam, na ɔdware srae, na ɔsakyeraa n’atadeɛ, na ɔkɔɔ AWURADE fie kɔsɔree. Na ɔbaa ne fie, na ɔbisa maa wɔde aduane bɛsii n’anim, na ɔdiiɛ. Ɛnna n’asomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Asɛm bɛn na woadie yi? Akokoaa no da so te aseɛ no, wobua dae na wosui; na akɔkoaa no wuiɛ mmom no, woasɔre adidi. Ɔkaa sɛ: Akokoaa no da so te aseɛ no, mebua dae na mesui, na mese: Hwan na ɔnim sɛ ebia AWURADE bɛdom me na akɔkoaa no anya nkwa; na afei wanya awu; adɛn nti na menni abuada? Mɛtumi masane de no aba bio anaa? Me na mɛkɔ ne nkyɛn, na ɔno deɛ, ɔrensane mma me nkyɛn. Na Dawid kyekyeree ne yere Batseba werɛ; na ɔne no kɔdae; na ɔwoo babarima, na ɔtoo no din Salomo. Na AWURADE dɔ abɔfra no, na ɔsoma nam Odiyifoɔ Natan so kɔtoo no din Yedidia, ɛsiane AWURADE nti. Na Yoab ne Amonfoɔ a wɔwɔ Raba koe, na ɔgyee ahenkuro no. Na Yoab somaa abɔfoɔ maa wɔbaa Dawid nkyɛn sɛ: Me ne Raba ako, nso magye nsuo ano kuro no. Na afei boaboa ɔman a aka no ano bɛkyere kuro no ho nsraban, na gye, na mannye kuro no, na wɔamfa me din anto so. Na Dawid boaboaa ɔman no nyinaa ano kɔɔ Raba ne no kɔkoe, na ɔfaeɛ. Na ɔyii wɔn hene abotire firii ne ti; na emu duro yɛ sika dwetikɛseɛ, na aboɔden aboɔ wɔ mu, na wɔde bɔɔ Dawid ti, na ɔde kuro no mu asadeɛ bebree pa firi baeɛ. Na ɔde nnipa a wɔwɔ mu no firi bae, na ɔmaa wɔde awan ne fatudadeɛ ne dadeɛ mmonnua yɛɛ adwuma, na wɔyɛɛ adwuma denden, ntaayaa fononoo ho; na saa na ɔde yɛɛ Amonfoɔ nkuro nyinaa. Ɛnna Dawid ne ne man nyinaa sane baa Yerusalem.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Dawid ba Absalom wɔ nuabaa fɛfɛ bi a ne din de Tamar. Na nna bi akyi no, Dawid ba Amnon pɛɛ no. Na Amnon nuabaa Tamar nti ne ho hiahiaa no maa no patu yaree. Na ɔyɛ ɔbaabunu, saa nti ɛyɛɛ Amnon den sɛ ɔbɛyɛ no biribie. Na Amnon wɔ adamfo bi a wɔfrɛ no Yonadab, Dawid nua Simea ba. Na Yonadab yɛ onitefoɔ yie. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wo ɔhene ba mua wofɔn sei daa anɔpa yi? Worenka nkyerɛ me? Amnon ka kyerɛɛ no sɛ: Mepɛ me nua Absalom nuabaa Tamar. Na Yonadab ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔda wo mpa so, na patu yare; na sɛ w’agya bɛhwɛ wo a, ka kyerɛ no sɛ: Ma me nua Tamar mmra mmɛma me aduane, na ɔnyɛ aduane no m’anim nso, na menhunu, na menni no ne nsam. Ɛno nti Amnon kɔdaeɛ, na ɔboapa yaree. Na ɔhene ba bɛhwɛɛ no no, Amnon ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma me nua Tamar mmra mmɛyɛ ɔfam mmienu m’anim na menni no ne nsam. Na Dawid soma maa wɔkɔɔ Tamar nkyɛn efie sɛ: Kɔ wo nua Amnon fie ɛ, na kɔyɛ aduane ma no. Na Tamar kɔɔ ne nua Amnon fie, faako a ɔda hɔ. Na ɔfaa mmɔre fɔtɔe, na ɔyɛɛ ɔfam n’anim, na ɔtoo ɔfam no. Na ɔtoɛɛ dadesɛn no, na ɔhwiee no n’anim; nso wampɛ sɛ ɔdie. Na Amnon kaa sɛ: Ma obiara mfiri me ho mfiri adi. Na nnipa no nyinaa firii ne ho kɔeɛ. Na Amnon ka kyerɛɛ Tamar sɛ: Fa aduane no bra piam na menni no wo nsam. Na Tamar faa ɔfam a ɔyɛeɛ no de kɔmaa ne nua Amnon pia no mu. Nanso ɔde rema no sɛ ɔnnie no, ɔsɔɔ ne mu na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Bra, bɛda me nkyɛn, me nuabaa! Na Tamar buaa no sɛ: Dabi, me nuabarima, mmrɛ me ase, na wɔnyɛ saa Israel mu; nni saa agyegyentwisɛm yi! Na me deɛ, ɛhe mpo na mede m’ahohora bɛkorɔ? Na wo deɛ, wobɛyɛ sɛ Israel mu nnyegyentwie no bi. Na afei ɛne ɔhene nkɔkasa, na ɔremfa me nkame wo. Nanso wampɛ sɛ ɔtie no, na ɛnam sɛ ne ho yɛ den sene no nti, ɔbrɛɛ no ase ne no dae. Ɛnna Amnon de ɛtane kɛseɛ tanee no pii senee ɔdɔ a ɔdɔɔ no no. Na Amnon ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre kɔ! Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Dabi me nua, ɛfiri sɛ pamo a worepamo me yi bɔne sene deɛ woyɛɛ me no; nanso wampɛ sɛ ɔtie no. Ɔfrɛɛ n’abɔfra a ɔsom no no sɛ: Pamo ɔbaa yi firi me so firi adi, na to ɛpono akyi korɔkorɔ mu wɔ n’akyi. Nso na atadeɛ nworonnworan yuu bi hyɛ no, na saa ntadeɛ na na ɔhene mmammaa a wɔyɛ mmabunu no hyɛ. Na ne somfoɔ no de no firii adi, na ɔtoo ɛpono akyi korɔkorɔ mu wɔ n’akyi. Ɛnna Tamar sesaa nso guu n’atifi, na ɔsunsuanee n’atadeɛ nworonnworan a ɛhyɛ no no mu, na ɔde ne nsa guu ne ti de benabɔ ara kɔe. Na ne nua Absalom bisaa no sɛ: Wo nua Amnon ne wo ada anaa? Na afei, me nua, mua w’ano, ɔyɛ wo nua. Mfa w’akoma nto asɛm yi so. Na Tamar de awerɛhoɔ tenaa ne nua Absalom fie komm. Na Ɔhene Dawid tee nsɛm yi nyinaa no, ne bo fuu yie. Na Absalom ne Amnon ankasa bɔne anaa papa. Na Absalom tanee Amnon, sɛ wabrɛ ne nua Tamar aseɛ nti. Na mfeɛ mmienu akyiri no, Absalom maa wɔkɔtwitwaa ne nnwan ho wɔ Baal-hasor a ɛbɛne Efraim no, na Absalom hyiaa ɔhene mma nyinaa kɔɔ hɔ. Na Absalom baa ɔhene nkyɛn bɛkaa sɛ: Hwɛ, w’akoa rema wɔakɔtwitwa ne nnwan ho nwi; enti mesrɛ ma ɔhene ne ne nkoa ne w’akoa nkɔ. Na ɔhene ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Dabi, me ba, mma yɛn nyinaa nnkɔ, na yɛankɔyɛ wo so adesoa. Na ɔsrɛɛ no ara, nanso wampɛ sɛ ɔkorɔ, na ɔhyiraa no. Ɛnna Absalom kaa sɛ: Sɛ ɛnte saa a, mesrɛ wo ma me nua Amnon ne yɛn nkɔ. Na ɔhene bisaa no sɛ: Adɛn nti na ɔne wo nkorɔ? Na Absalom hyɛɛ no ara, na ɔmaa Amnon ne ɔhene mma no nyinaa ne no kɔe. Nso na Absalom ahyɛ ne mmeranteɛ sɛ: Monhwɛ, na sɛ Amnon boro nsa tam na mese mo sɛ: Mommɔ Amnon a, monku no. Monnsuro, ɛnyɛ me na mahyɛ mo? Monyɛ den, na monyɛ mo ho mmarima. Na Absalom mmeranteɛ no yɛɛ Amnon sɛdeɛ Absalom hyɛɛ wɔn no. Ɛnna ɔhene mma no nyinaa sɔresɔre tenatenaa wɔn mfunumu so dwanedwaneeɛ. Na wɔnam kwan soɔ no, asɛm no duruu Dawid nkyɛn sɛ: Absalom akum ɔhene mmammarima no nyinaa, na wɔn mu baako mpo anka. Ɛnna ɔhene sɔre sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔdaa fam, na ne nkoa nyinaa wɔgyinagyina hɔ asunsuane wɔn ntadeɛ mu. Na Dawid nua Simea ba Yonadab kaa sɛ: Mma me wura nnnwene sɛ wɔakum ɔhene mma mmeranteɛ no nyinaa, na Amnon nko na wawuo, na na Absalom ahyɛ firi da no a ɔbrɛɛ ne nua Tamar aseɛ no. Na afei mma me wura ɔhene mmfa asɛm no nnhyɛ n’akoma mu, sɛ ɔhene mma nyinaa awuwu, na Amnon nko na wawuo. Na Absalom dwaneeɛ. Na aberanteɛ a ɔwɛn no no maa n’ani so hwɛe, na hwɛ, na nnipa bebree nam kwan a ɛwɔ n’akyire no so bepɔ ho nkyɛn mu reba. Na Yonadab ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Hwɛ, ɔhene mma no reba; sɛ w’akoa kaeɛ no, sɛ ɛteɛ ne no. Na ɔwiee kasa no ara pɛ na hwɛ, ɔhene mma no baeɛ, na wɔmemaa wɔn nne so sui, na ɔhene nso ne ne nkoa nyinaa nso suu kɛseɛ pa ara. Na Absalom dwaneeɛ, na ɔkɔɔ Gesurhene Amihud ba Talmai nkyɛn. Na Dawid gyam ne ba no nna nyinaa. Na Absalom dwane kɔɔ Gesur no, ɔtenaa hɔ mfeɛ mmiɛnsa. Na Ɔhene Dawid ani gyinaa Absalom, ɛfiri sɛ na ne werɛ akyekye, Amnon wuo no ho.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Seruia ba Yoab hunuu sɛ ɔhene akoma wɔ Absalom ho. Na Yoab soma maa wɔkɔɔ Tekoa kɔfaa ɔbaa nyansafoɔ bi firi hɔ bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Dane wo ho oyiyɛni, na hyɛ ayiyɛ ntadeɛ, nso nsra ngo, na yɛ sɛ ɔbaa a ɔfiri gyam owufoɔ akyɛreɛ. Afei kɔ ɔhene nkyɛn na kɔka saa asɛm yi kyerɛ no. Na Yoab de nsɛm no hyɛɛ n’ano. Na ɛberɛ a Tekoani baa no baa ɔhene nkyɛn no, ɔbɔɔ ne mu ase wɔ ɔhene anim kaa sɛ: Ɔhene boa me! Na ɔhene bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na ayɛ woɔ? Na ɔse: Ampa, meyɛ okunafoɔ, me kunu awu. Na w’afenaa wɔ mmammarima baanu, na wɔn baanu no kɔkoo wiram a ɔpatafoɔ biara nni hɔ, na ɔbaako bɔɔ ɔbaako maa no wui. Na hwɛ, abusua no nyinaa asɔre atia w’afenaa sɛ: Yi deɛ ɔbɔɔ ne nua no ma, na ne nua a wadi no awuo no kra nti yɛnku no. Wɔnam yei so bɛsɛe ɔdedifoɔ no nso, na wɔde rebɛhye m’ase, na wɔannya din anaa okyikafoɔ biara amma me kunu asase so. Na ɔhene ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Kɔ wo fie, na mɛhyɛ wo ho mmara bi. Na Tekoani baa no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Me wura ɔhene, me ne m’agya fie so na ɛso yi nna, na ɔhene ne n’adwa nni bem. Na ɔhene kaa sɛ: Obi ka wo asɛm bi a, fa no bra me nkyɛn, na ɔrensane nka wo bio. Na ɔbaa no kaa sɛ: Ma ɔhene nkae AWURADE wo Nyankopɔn, na mogya ho weretɔfoɔ no ansane ankum bio, na wɔankum me ba. Na ɔse: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, wo ba nwi baako mpo rentɔ fam! Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: Mesrɛ wo, ma w’afenaa nka me wura ɔhene asɛm bi. Na ɔse: Ka ɛ! Na ɔbaa no se: Ɛnneɛ adɛn nti na woasusu saa adeɛ yi Nyankopɔn man ho, na sɛ ɔhene reka saa asɛm yi a, ɔte sɛ deɛ ɔdi fɔ, sɛ ɔhene nkɔfa ne nipa a wɔapam no no nsane mmra fie bio. Ɛtwa sɛ yɛn nyinaa wuo, na yɛte sɛ nsuo a wɔahwie agu fam a wɔntumi mmoa ano bio; na Onyankopɔn rekum obi a ɔdwene akwan a ɛremma onipa a wɔapam no nsane mma fie bio. Na afei deɛ enti a mebaeɛ na me ne me wura ɔhene abɛka asɛm yi ne sɛ, ɔman no maa mesuroe; na w’afenaa kaa sɛ: Me ne ɔhene bɛkɔ akɔkasa; ebia ɔhene bɛyɛ deɛ n’afenaa abisadeɛ ama no: Sɛ ɔhene bɛtie na wayi n’abaawa afiri onipa a ɔpɛ sɛ ɔsɛe me ne me ba firi Nyankopɔn agyapadeɛ mu no nsam. Na w’afenaa susuu sɛ: Me wura ɔhene asɛm bɛma me asomdwoeɛ, na sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ teɛ no, sɛ me wura ɔhene nso teɛ ne no, sɛ ɔhunu papa ne bɔne mu. Enti AWURADE wo Nyankopɔn nni w’akyi. Ɛnna ɔhene bua see ɔbaa no sɛ: Nsi me asɛm biara a merebisa woɔ yi so. Na ɔbaa no se: Ma me wura ɔhene nkasa ɛ! Na ɔhene bisaa no sɛ: Yoab nka wo ho yei nyinaa mu anaa? Na ɔbaa no buaa sɛ: Sɛ wo kra te aseɛ yi, me wura ɔhene, ɛnyɛ sɛ obi bɛmane nifa anaa benkum afiri deɛ me wura ɔhene aka no nyinaa ho; na w’akoa Yoab na ɔhyɛɛ me, na ɔno ara na ɔde nsɛm yi nyinaa hyɛɛ w’afenaa anomu; na sɛ ɔbɛdane asɛm no ani aka nti na w’akoa Yoab ayɛ saa adeɛ yi, nanso me wura ɔhene yɛ onyansafoɔ sɛdeɛ Nyankopɔn bɔfoɔ nyansa teɛ, sɛ ɔbɛhunu deɛ ɛwɔ asase soɔ nyinaa. Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, mema wo kwan, kɔ na kɔfa aberanteɛ Absalom sane bra. Na Yoab bɔɔ ne mu ase wɔ n’anim na ɔhyiraa ɔhene. Na Yoab kaa sɛ: Ɛnnɛ na w’akoa ahunu sɛ manya me wura ɔhene anim adom, sɛ ɔhene ayɛ deɛ n’akoa aka akyerɛ no. Ɛno nti Yoab sii mu kɔɔ Gesur kɔfaa Absalom baa Yerusalem. Na ɔhene kaa sɛ: Ma no mmane nkɔ ne fie, mempɛ sɛ mehunu n’anim. Ɛnna Absalom mane kɔɔ ne fie, na wanhunu ɔhene anim. Nso Israel nyinaa mu na obiara ho nyɛ fɛ sɛ Absalom, na ɛma wɔkamfo no sɛ; ɛfiri ne nan ase kɔsi n’apampam ɛdɛm biara nni ne ho. Na sɛ ɔyi ne ti a, (nso daa afe duru a ɔyi, ɛfiri sɛ, ɛyɛ a ne tiri afu dodo,) na wɔkari ne tirinwi no a, ɛyɛ nnwetɛbena ahanu ɔhene abrammoɔ so. Na wɔwoo mmammarima baasa maa Absalom ne ɔbaa baako a wɔfrɛ no Tamar; ɔyɛ ɔbaa a ne ho yɛ fɛ. Saa nti Absalom dii Yerusalem mfeɛ mmienu, nso wanhunu ɔhene anim da. Na Absalom soma maa wɔkɔfrɛɛ Yoab sɛ ɔrebɛsoma no ɔhene nkyɛn, nso Yoab amma. Na ɔsomaa ne mprenu so, nso wamma. Na ɔka kyerɛɛ n’asomfoɔ sɛ: Monhwɛ, Yoab afuo wɔ me deɛ ho na ɔwɔ atokoɔ wɔ hɔ, monkɔ nkɔto mu gya. Na Absalom nkoa no kɔtoo afuo no mu gya. Ɛnna Yoab sɔre baa Absalom nkyɛn efie bɛka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wo nkoa de ogya akɔto m’afuo a mewɔ no mu? Na Absalom ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, masoma ama wɔaba wo nkyɛn sɛ: Bra ha na mensoma wo ɔhene nkyɛn sɛ: Ɛdeɛn nti na mefiri Gesur mebaeɛ? Ɛyɛ ma me sɛ anka meda so mewɔ hɔ. Na afei mɛhunu ɔhene anim; na sɛ ɛso bi da me so a, ɔnku me. Ɛnna Yoab kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no, na ɔfrɛɛ Absalom, na ɔbaa ɔhene nkyɛn, na ɔbɔɔ ne mu ase wɔ ɔhene anim, na ɔhene yɛɛ Absalom atuu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yei akyiri no, Absalom siesiee teaseɛnam ne apɔnkɔ fae, ne mmarima aduonum a wɔbɛwɛn no. Na Absalom sɔre anɔpahema kɔgyina kuro no pono ano kwan ho. Na obiara a ɔwɔ asɛm bi na ɔreba ɔhene nkyɛn abɛdie no, Absalom frɛ no bisa no sɛ: Kuro bɛn so na wofire? Na sɛ ɔbua sɛ: Israel mmusuakuo bi mu na w’akoa fire, a, ɛnna Absalom bɛka akyerɛ no sɛ: Hwɛ, wo nsɛm yɛ na ɛtene, nanso obi nni hɔ a ɔhene ayi no a ɔbɛtie ama woɔ. Absalom toa so ka sɛ: Na anka meyɛ asase yi so temmufoɔ, me nkyɛn na anka obiara a ɔwɔ asɛm bi anaa atemmudeɛ bi bɛba na mabu no atɛntenenee. Na sɛ obi twe pini no bɛbɔ ne mu ase a, ɔtene ne nsa sɔ ne mu yɛ no atuu. Na saa na na Absalom yɛ Israelfoɔ a wɔba ɔhene nkyɛn asennie nyinaa, na Absalom de nyaa Israel mmarima baa n’afa. Na mfirinhyia nnan twaa mu no, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Mesrɛ wo, ma menkɔ menkɔma m’aboadeɛ a mede mehyɛɛ AWURADE bɔ wɔ Hebron. Ɛfiri sɛ metenaa Gesur wɔ Aram no, w’akoa hyɛɛ bɔ sɛ: Sɛ AWURADE de me sane ba Yerusalem a, ɛnneɛ mɛsom AWURADE. Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Fa asomdwoeɛ kɔ. Na ɔsii mu kɔɔ Hebron. Na Absalom somasomaa akwansrafoɔ maa wɔkɔɔ Israel mmusuakuo nyinaa mu kodɛɛ sɛ: Mote totorobɛnto nka ara pɛ a, monka sɛ: Absalom adi hene wɔ Hebron. Na mmarima ahanu a wɔfrɛɛ wɔn firi Yerusalem kaa Absalom ho kɔe; na wɔn deɛ, wɔkɔɔ ɔkɔ hunu, na wɔnnim ho hwee. Na Absalom soma maa wɔkɔhyiaa Giloni Ahitofel, Dawid fotufoɔ, firii ne kuro Gilo mu, berɛ a ɔrebɔ afɔdeɛ no; na atirisopam no mu yɛɛ den, na nnipa a wɔwɔ Absalom nkyɛn no kɔɔ so dɔɔso ara. Na ɔbɔfoɔ bi baa Dawid nkyɛn bɛkaa sɛ: Israel mmarima akoma di Absalom akyi. Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ne nkoa a wɔne no wɔ Yerusalem nyinaa sɛ: Monsɔre mma yɛnnwane, na Absalom ammɛku yɛn. Monyɛ ntɛm ma yɛnkɔ, na wammɛto yɛn anyɛ yɛn bɔne bi, na wamfa nkrantɛ ano ammɛbɔ kuro yi. Na ɔhene nkoa no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛdeɛ me wura ɔhene pɛ nyinaa no, hwɛ, wo nkoa bɛyɛ. Ɛnna ɔhene firii adie na ne fiefoɔ nyinaa dii n’akyi; na ɔhene gyaa ne mpenafoɔ du sɛ wɔnhwɛ fie no. Na ɔhene firii adi, na ɔman no nyinaa dii n’akyi, na wɔkɔgyinaa ɛdan bi a ɛtwa toɔ ho. Na ne nkoa nyinaa sene faa ne nkyɛn; na Keretifoɔ nyinaa, Peletifoɔ nyinaa ne Gatfoɔ nyinaa, mmarima ahansia a wɔdii n’akyi firi Gat baeɛ no bɛtwaa mu ɔhene anim. Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Gatni Itai sɛ: Adɛn nti na wo nso wone yɛn rekorɔ? Sane kɔ, na kɔtena ɔhene nkyɛn, na woyɛ ɔnanani ne wo kuro mu ɔtukɔni nso. Nnora nko ara na wobaeɛ, na ɛnnɛ memma wo ne yɛn nkɔkyini? Na me deɛ, merekɔ deɛ mennim; sane, na fa wo nuanom nso ka wo ho sane kɔ AWURADE adɔeɛ ne ne nokorɛ mu. Na Itai buaa ɔhene sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ na me wura ɔhene nso te aseɛ yi, faako a me wura ɔhene bɛtena no, ewuo mu oo, nkwa mu oo, ɛhɔ ara na w’akoa nso bɛtena! Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Itai sɛ: Bra bɛsene! Na Gatni Itai ne ne mmarima nyinaa ne mmɔfra a wɔka ne ho no nyinaa bɛtwaa mu. Na asase no sofoɔ nyinaa de nne kɛseɛ sui, na ɔman no nyinaa twaa mu kɔe, na ɔhene twaa asuo Kidron, na ɔman no nyinaa twae a wɔn ani kyerɛ ɛserɛ no so. Na hwɛ, Abiatar baeɛ na Sadok nso nie, a Lewifoɔ nyinaa ka ne ho. Wɔso Nyankopɔn apam adaka no, na wɔsoɛɛ Nyankopɔn adaka no sii hɔ, na wɔamfa bio kɔsii sɛ ɔman no nyinaa firii kuro no mu twaa mu wieeɛ ansa. Na ɔhene ka kyerɛɛ Sadok sɛ: Fa Nyankopɔn adaka no sane kɔ kuro no mu. Sɛ menya AWURADE anim adom a, ɔde me bɛsane aba, na wama mabɛhu no ne ne tenabea bio. Na sɛ ɔka sɛ: Mempɛ wo a, hwɛ, menie, ma no nyɛ me sɛdeɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ. Na ɔhene ka kyerɛɛ Ɔsɔfoɔ Sadok sɛ: Sɛ woahunu, sane kɔ kuro no mu dwoodwoo, na wo ba Ahimaas ne Abiatar ba Yonatan, mo mma baanu no ne mo ntena. Monhwɛ, mɛtwentwɛn me nan ase ɛserɛ so mpaperɛ mu akɔsi sɛ asɛm a mobɛka akyerɛ me bɛfiri mo nkyɛn aba. Ɛnna Sadok ne Abiatar de Nyankopɔn adaka no sane baa Yerusalem, na wɔbɛtenaa hɔ. Na Dawid foroo Ngo-bepɔ no, na ɔreforɔ no na ɔresu, na wakata ne ti, na ɔnhyɛ mpaboa, na ɔman a wɔne no nam no nyinaa akatakata wɔn ti, na wɔreforɔ no, na wɔresu. Na obi ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ahitofel fra wɔn a wɔne Absalom apam no mu. Na Dawid bɔɔ mpaeɛ sɛ: AWURADE, mesrɛ wo, ma Ahitofel agyinatuo nnane nkwaseasɛm. Na Dawid duruu bepɔ no atifi deɛ wɔsɔre Onyankopɔn no, hwɛ, Arkini Husai bɛhyiaa no a, wasunsuane n’atadeɛ mu na dɔteɛ gu n’atifi. Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wo ne me sene kɔ a, wobɛyɛ adesoa ama me. Na sɛ wosane kɔ kuro no mu kɔka kyerɛ Absalom sɛ: Ɔhene, mɛyɛ w’akoa sɛdeɛ akane no meyɛɛ w’agya akoa no, na afei deɛ, mɛyɛ w’akoa, a, wobɛma Ahitofel agyinatuo no ayɛ ɔkwa ama me. Na Asɔfoɔ Sadok ne Abiatar nni wo nkyɛn hɔ anaa? Enti asɛm biara a wobɛte no ahemfie no, ka kyerɛ asɔfoɔ Sadok ne Abiatar. Hwɛ, wɔn mma baanu no, Sadok ba Ahimaas, ne Abiatar ba Yonatan wɔ wo nkyɛn hɔ, na wɔn so na momma asɛm biara a mobɛteɛ mfa nnuru me nkyɛn. Na Dawid adamfo Husai baa kuro no mu, ɛberɛ korɔ a na Absalom rehyɛne Yerusalem mu no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛberɛ a Dawid twaa mu firii bepɔ no atifi hɔ kakra no, hwɛ, Mefiboset somfoɔ Siba bɛhyiaa no; ɔde mfunumu mmienu a wɔahyehyɛ wɔn a wɔsoso paanoo mmua ahanu ne bobe aba a wɔabɔ no ntoantoa ɔha ne borɔdɔma ntoantoa ɔha ne nsa nwoma kotokuo ma. Na ɔhene bisaa Siba sɛ: Wode yeinom rebɛyɛ dɛn? Na Siba se: Mfunumu yi, wɔmfa mma ɔhene fiefoɔ na wɔntena so, na paanoo ne nnuaba yi, mmeranteɛ no nni, na nsa yi nso, wɔmfa mma wɔn a wɔabrɛ ɛserɛ soɔ na wɔnnom. Na ɔhene bisaa sɛ: Na ɛhe na wo wura ba no wɔ? Na Siba buaa ɔhene sɛ: Ɔte Yerusalem, na deɛ ɔreka ne sɛ: Ɛnnɛ Israel fie bɛdane m’agya ahennie ama me. Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Siba sɛ: Hwɛ, deɛ ɛyɛ Mefiboset deɛ nyinaa yɛ wo dea. Na Siba kaa sɛ: Mebɔ me mu ase ma wo, na ma mennya me wura ɔhene anim adom. Na Ɔhene Dawid duruu Bahurim no, ɔbarima bi a ɔfiri Saulo abusua mu a wɔfrɛ no Simei a ɔyɛ Gera ba firii adi baa hɔ; na ɔreba no, na ɔredome. Na ɔpaa Dawid ne n’asomfoɔ nyinaa aboɔ; nso na ɔman no nyinaa ne mmarima akofoɔ no nyinaa wowɔ ne nifa ne ne benkum. Na Simei redome no, sɛ ɔkaeɛ nie: Firi adi, firi adi, mogyapɛfoɔ, onipa huhuni! AWURADE atua wo Saulo a wobɛdii n’adeɛ no fie mogya nyinaa so ka, na AWURADE de ahennie no ahyɛ wo ba Absalom nsa, na hwɛ, w’asotwe mu na woda yi, ɛfiri sɛ woahwie mogya agu! Ɛnna Seruia ba Abisai ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Adɛn nti na ɔkraman funu yi dome me wura ɔhene yi? Ma menkɔ menkɔtwa ne tiri ɛ! Na ɔhene kaa sɛ: Ɛdeɛn na me ne mo Seruia mma wɔ yɛ? Ma no nnome ara, na sɛ AWURADE ase no sɛ: Dome Dawid! a, hwan na ɔbɛka akyerɛ no sɛ: Adɛn nti na woreyɛ sei? Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai ne ne nkoa sɛ: Hwɛ, me ba a ɔfiri me yam na ɔrehwehwɛ me aku me yi, na kampɛsɛ Benyaminni yi. Monnyaa no mma no nnome, ɛfiri sɛ AWURADE na wahyɛ no. Ebia AWURADE bɛhwɛ m’amanehunu, na AWURADE de papa ahyɛ me nnome a ɔredome me nnɛ yi ananmu. Na Dawid ne ne nnipa no nam kwan no so rekorɔ no, na Simei nso nam bepɔ no ho ntentensoɔ rekɔ; na ɔrekorɔ no, na ɔredome ara paa no aboɔ, na ɔtoo mfuturo peteeɛ. Na ɔhene ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa durui Yordan ho no; na wɔabrɛ, na wɔhomee wɔ hɔ. Na Absalom ne Israel mmarima nyinaa baa Yerusalem, na Ahitofel ka ne ho. Na Arkini Husai a ɔyɛ Dawid adamfo baa Absalom nkyɛn no, Husai kyeaa Absalom sɛ: Ɔhene tiri nkwa, ɔhene tiri nkwa! Na Absalom bisaa Husai sɛ: W’adɔeɛ a wode yɛ w’adamfo nie? Adɛn nti na wo ne w’adamfo no ankorɔ? Na Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Dabi, na deɛ AWURADE ne ɔman yi ne Israel mmarima nyinaa afa no no, ɔno na mɛyɛ ne deɛ na me ne no atena. Bio nso, hwan na mɛsom no? Ɛnyɛ ne ba? Sɛdeɛ mesom w’agya no, saa ara na mɛyɛ no w’anim. Ɛnna Absalom ka kyerɛɛ Ahitofel sɛ: Tu yɛn fo wɔ deɛ yɛnyɛ ho ɛ. Na Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Kɔ ne w’agya mpenafoɔ a ɔgyaa wɔn sɛ wɔnhwɛ fie no nna, na Israel nyinaa nte sɛ woama wo ho abɔn w’agya, na wɔn a wɔwɔ wo nkyɛn nyinaa nsa bɛyɛ den. Ɛnna wɔsii Absalom ntomadan, aban no atifi, na Absalom ne n’agya mpenafoɔ no daeɛ, Israel nyinaa anim. Na Ahitofel ɛfo a ɔtuu no nna no mu yɛɛ wɔn sɛ obi kɔbisa Nyankopɔn hɔ adeɛ, na saa na na Ahitofel afotuo nyinaa teɛ ma Dawid ne Absalom.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Bio, Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Ma menkɔyi mmarima mpem dummienu, na mensɔre menkɔti Dawid anadwo yi, mɛkɔ no so wɔ berɛ a wabrɛ na ne nsam agoɔ, na makɔ yi no ehu, ɛbɛma wɔn a wɔka ne ho nyinaa adwane, na makum ɔhene no nko. Na afei mede nnipa no nyinaa masane mabrɛ wo, sɛdeɛ wɔde ayeforɔ ba ne kunu nkyɛn; na onipa baako pɛ na worehwehwɛ no aku no, na ɔman no nyinaa bɛyɛ komm. Na asɛm no tɔɔ Absalom ne Israel mpanimfoɔ nyinaa aso mu. Na Absalom kaa sɛ: Kɔfrɛ Arkini Husai nso bra, na yɛntie deɛ ɛwɔ ɔno nso anomu. Na Husai baa Absalom nkyɛn no, Absalom ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Ahitofel aka nie. Yɛnni n’asɛm no so anaa? Sɛ ɛnte saa a, wo nso ka bi. Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Ɛfo a Ahitofel tuu seesei yi deɛ, ɛnyɛ. Na Husai kaa sɛ: Wo ara wonim w’agya ne ne mmarima sɛ wɔyɛ ahoɔdenfoɔ, na wɔn bo ahuri sɛ sisire a wɔafa ne mma wiram, na w’agya nso yɛ dɔmmarima, na ɔne nkurɔfoɔ no renna anadwo yi. Hwɛ, sɛsɛɛ wakɔhunta amena bi mu anaa baabi. Na sɛ mfitiaseɛ no wɔn mu bi totɔ a, obiara a ɔbɛteɛ no bɛka sɛ: Nnipa a wɔdi Absalom akyire no adi nkoguo. Na deɛ ɔyɛ ɔbarima na n’akoma te sɛ gyata akoma mpo, ehu nti, ɔbɛhodwo. Na Israel nyinaa nim sɛ w’agya yɛ dɔmmarima na wɔn a wɔka ne ho nso yɛ akofoɔ. Enti meretu wo fo sɛ: Boaboa Israel nyinaa ano firi Dan kɔsi Beer-seba wɔ wo nkyɛn sɛ mpoano anwea dodoɔ, na wo ara kɔ sa no. Ɛno na sɛ yɛkɔto no baabiara a yɛbɛhu no a, yɛato ahyɛ ne so sɛdeɛ bosuo gu fam, na ɔno ne mmarima a wɔka ne ho no mu baako mpo anka. Nanso sɛ ɔtwe ne ho kɔ kuro bi mu a, Israel nyinaa de ntampehoma bɛto kuro no ho, na yɛatwe akɔ bɔnhwa mu akɔsi sɛ wɔrenhunu ɔboɔ ketewa baako mpo wɔ hɔ. Ɛnna Absalom ne Israel mmarima nyinaa kaa sɛ: Arkini Husai afotuo no yɛ sene Ahitofel deɛ no. Na AWURADE na ahyɛ sɛ wɔmma Ahitofel afotu pa no nyɛ ɔkwa, na AWURADE de bɔne aba Absalom so. Ɛnna Husai ka kyerɛɛ Asɔfoɔ Sadok ne Abiatar sɛ: Ɛfo a Ahitofel atu Absalom ne Israel mpanimfoɔ nie, na ɛfo a me nso matuo nie. Na afei monsoma ntɛm na wɔnkɔka nkyerɛ Dawid sɛ: Ntena ɛserɛ so mpaperɛ mu anadwo yi, na twa mmom na twa korɔ, na wɔammɛtɔre ɔhene ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho nyinaa ase. Nso na Yonatan ne Ahimaas tete En-rogel, na abaawa bi kɔka kyerɛɛ wɔn deɛ wɔnkɔka nkyerɛ Ɔhene Dawid, ɛfiri sɛ na wɔntumi nkɔ kuro no mu mma wɔnhu wɔn. Nso aberanteɛ bi kɔhunuu wɔn, na ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Na wɔn baanu no firii hɔ ntɛm kɔduruu Bahurim barima bi fie, na ɔwɔ abura n’adihɔ, na wɔsiane kɔtɛɛ mu. Na ɔbaa no faa nkatasoɔ bi de kataa abura no ano, na ɔde atokoɔ a wɔasie trɛtrɛɛ so na obiara anhunu hwee. Na Absalom asomfoɔ no duruu ɔbaa no nkyɛn efie hɔ no, wɔbisaa sɛ: Ɛhe na Ahimaas ne Yonatan wɔ? Na ɔbaa no kaa sɛ: Wɔatwa asuwa no kɔ. Na wɔhwehwɛɛ wɔn; na wɔanhu wɔn no, wɔsane baa Yerusalem. Na wɔn korɔ akyiri no, mmarima no firi abura no mu firii adi, na wɔkɔ kɔka kyerɛɛ Ɔhene Dawid sɛ: Monsɔre nkɔtwa asuo no ntɛm, na ɛfo a Ahitofel atu wɔ mo ho nie. Ɛnna Dawid ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no nyinaa sɔre kɔtwaa Yordan no; adeɛ kyee anɔpa no, na wɔn mu baako mpo nkae a ɔnnya ntwaa Yordan. Na Ahitofel hunuu sɛ wɔanni n’afotuo soɔ no, ɔhyehyɛɛ n’afunumu, na ɔsɔre kɔɔ ne fie, wɔ ne kurom. Na ɔtotoo ne fie wieeɛ no, ɔkɔsɛnee ne mene wuiɛ, na wɔsiee no n’agya da mu. Na Dawid duruu Mahanaim. Na Absalom ne Israel mmarima no nyinaa kɔtwaa Yordan. Na Absalom de Amasa sii Yoab ananmu hyɛɛ asraafoɔ dɔm no so. Amasa yɛ ɔbarima a wɔfrɛ no Yitra, Israelni a ɔkɔɔ Nahas babaa Abigail a ɔyɛ Yoab ne na Seruia nua ho no, ba. Na Absalom ne Israel kɔkyeree nsraban wɔ Gilead asase so. Na Dawid duruu Mahanaim no, Nahas ba Sobi a ɔfiri Amonfoɔ Raba, ne Amiel ba Makir a ɔfiri Lo- debar, ne Gileadni Barsilai a ɔfiri Rogelim no de mpa, nyowa, nkukuo, atokoɔ, esiam, nkyeweɛ, asɛ, asedua, ɛwoɔ, nufosuo ani sradeɛ ne anantwie nufosuo a akyenkyen mua brɛɛ Dawid ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no sɛ wɔnni, na wɔse: Ɛkɔm de nkurɔfoɔ no, na wɔabrɛ, na sukɔm ade wɔn ɛserɛ so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Afei Dawid kanee ɛdɔm a wɔka ne ho no, na ɔde mpem mpem so asafohene ne ɔha ha so asafohene sisii wɔn so. Na Dawid gyaa ɛdɔm no kwan de abupɛn mmiɛnsa mu baako hyɛɛ Yoab nsa, na ɔde baako hyɛɛ Seruia ba Abisai, Yoab nua, nsa, na ɔde baako hyɛɛ Gatni Itai nsa. Na ɔhene ka kyerɛɛ ɛdɔm no sɛ: Fire na me nso mene mo bɛfiri akorɔ. Na ɛdɔm no kaa sɛ: Ɛnne yɛn nnkɔ, na sɛ dwane na yɛdwane a, wɔrennwene yɛn ho; na sɛ yɛn mu fa totɔ nso a, wɔrennwene yɛn ho, na wote sɛ yɛn mu mpem du; na enti ɛyɛ sɛ wo firi kuro no mu di boa yɛn. Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Deɛ ɛyɛ wɔ mo ani soɔ no, mɛyɛ. Na ɔhene gyinaa kuro pono no nkyɛn, na ɛdɔm no nyinaa firii adi, ɔha ha ne mpem mpem so. Na ɔhene hyɛɛ Yoab ne Abisai ne Itai sɛ: Mo ne aberanteɛ Absalom no nni no brɛɛ mma me! Na ɔhene rehyɛ asafohene nyinaa Absalom ho no, ɔman no nyinaa teeɛ. Na ɛdɔm no firii adi kɔɔ wiram kɔhyiaa Israel; na wɔkoo wɔ Efraim kwaeɛ mu. Na wɔkaa Israel dɔm no gui, Dawid nkoa no anim, na ekum kɛseɛ baa hɔ da no, nnipa mpem aduonu. Na ɔko no trɛɛ wɔ asase no nyinaa ani, na ɛdɔm no mu wɔn a wɔwuu kwaeɛ no mu dɔɔso sene wɔn a wɔwuu nkrantɛ ano da no. Na Absalom hyiaa Dawid mmarima no; nso na Absalom te afunumupɔnkɔ so, na afunumupɔnkɔ no de no faa odum kɛseɛ bi mman kusuu ase, na ne tirinwi kɔsɔɔ odum no dubaa so maa no sensɛnee ɔsoro ne fam ntam, na afunumupɔnkɔ a ɔwɔ n’aseɛ no gyaa ne hɔ kɔe. Na ɔbarima bi kɔhunui, na ɔkɔka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ makɔhunu Absalom sɛ ɔsɛne odum bi soɔ. Na Yoab ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔka kyerɛɛ no no sɛ: Saa! Wohunuu no no, adɛn nti na woammɔ no anhwe fam hɔ? Na anka mɛma wo dwetɛ du ne abɔsoɔ. Nanso ɔbarima no ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Sɛ wokari dwetɛ apem gu me nsam mpo a, merentene me nsa menka ɔhene ba no; na yɛn aso mu na ɔhene hyɛɛ wo, Abisai ne Itai sɛ: Monhwɛ yie, obiara biara, aberanteɛ Absalom no ho. Anaasɛ, sɛ anka metwa ne kra ho nkontompo a, (nso asɛm biara nhunta ɔhene), wo deɛ, anka wobɛpa m’akyi agyina akyiri. Na Yoab kaa sɛ: Merentwentwɛn me nan ase w’anim saa. Na ɔfaa mpɛmɛ mmiɛnsa kurae, na ɔde kɔwowɔɔ Absalom akoma mu berɛ a ɔda so yɛ anikan odum no so. Na mmeranteɛ du a wɔkura Yoab akodeɛ twaa Absalom ho hyiae, na wɔbobɔɔ no kumm no. Ɛnna Yoab hyɛnee totorobɛnto, na ɛdɔm no nyinaa sane firii Israel akyi die; na Yoab siankaa ɛdɔm no. Na wɔyii Absalom de no too kwaeɛ mu hɔ amena kɛseɛ bi mu, na wɔboaboaa aboɔkuo kɛseɛ pa ano guu ne so. Na Israel nyinaa dwanedwane kokɔɔ wɔn ntomadan mu. Nso Absalom te aseɛ no, ɔsii nkaeɛ dum bi a ɛwɔ ɔhene bonhwa mu fae, a ɔkaa sɛ: Menni ɔbabarima a wɔde no bɛkae me din. Na ɔde ne din too odum no, na wɔfrɛ no Absalom nsɛnkyerɛnneɛ de bɛsi nnɛ. Ɛnna Sadok ba Ahimaas kaa sɛ: Ma mentu mmirika menkɔbɔ ɔhene kaseɛ pa yi, sɛ AWURADE agye no afiri n’atamfo nsam. Na Yoab ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ wo na wobɛyɛ kaseɛbɔni nnɛ. Da foforɔ na wobɛyɛ kaseɛbɔni, na ɛnnɛ deɛ, nkɔbɔ kaseɛ biara, ɛfiri sɛ ɔhene ba atɔ. Na Yoab ka kyerɛɛ Kusni no sɛ: Kɔ na kɔka deɛ woahunu kyerɛ ɔhene. Na Kusni no bɔɔ ne mu ase maa Yoab, na ɔtuu mmirika kɔeɛ. Ɛnna Sadok ba Ahimaas kɔɔ so ka kyerɛɛ Yoab bio sɛ: Ɛyɛ dɛn ara a, ma me nso mentu mmirika menni Kusni no akyi. Na Yoab kaa sɛ: Me ba, adɛn nti na worebɛtu mmirika yi? Ɛnyɛ kaseɛ a ɛbɛma biribi afiri mu aba ama woɔ. Na ɔkaa sɛ: Ɛyɛ dɛn ara a, mɛtu mmirika. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Tu ɛ! Ɛnna Ahimaas tuu mmirika faa nsunoa kwan so kɔsianee Kusni no ho. Na Dawid te kuro no apono mmienu no ntam. Na ɔwɛmfoɔ no kɔɔ kuro pono no atifi, ɔfasuo no so, na ɔmaa n’ani so hwɛe, na ɔhunuu ɔbarima bi a ne nko ara de mmirika reba. Na ɔwɛmfoɔ no teaa mu ka kyerɛɛ ɔhene. Na ɔhene kaa sɛ: Sɛ ɛyɛ ɔno nko a, na kaseɛ bi wɔ n’anomu. Na ɔde reba ara, na ɔpinkyɛe. Na ɔwɛmfoɔ no hunuu ɔbarima foforɔ sɛ ɔde mmirika reba; na ɔwɛmfoɔ no teaa mu kyerɛɛ ɔpono ano hwɛfoɔ no sɛ: Hwɛ ɔbarima foforɔ sɛ ɔde mmirika reba. Na ɔhene kaa sɛ: Ɔno nso yɛ kaseɛbɔni. Na ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ: Me deɛ, mehunu odikanfoɔ no mmirikatuo sɛ ɛte sɛ Sadok ba Ahimaas mmirikatuo. Na ɔhene kaa sɛ: Onipa pa nie, na ɔde kaseɛ pa reba. Na Ahimaas teaa mu ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Asomdwoeɛ! Na ɔbɔɔ ne mu ase ɔhene anim, na ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE, wo Nyankopɔn a wayi nnipa a wɔmaa wɔn nsa so tiaa me wura ɔhene no ahyɛ wo nsa. Na ɔhene bisaa sɛ: Aberanteɛ Absalom ho yɛ anaa? Na Ahimaas buaa sɛ: Yoab resoma ɔhene somfoɔ bi ne w’akoa no, mehunuu kitikiti kɛseɛ bi, na mennim adekodeɛ. Na ɔhene kaa sɛ: Sene gyina ha! Na ɔsene kɔgyinaa hɔ. Na hwɛ, Kusni no bae; na Kusni no kaa sɛ: Me wura ɔhene ntie kaseɛ, sɛ AWURADE abu atɛn ama wo nnɛ, wɔn a wɔsɔre tiaa woɔ no nyinaa ho. Na ɔhene bisaa Kusni no sɛ: Aberanteɛ Absalom ho yɛ anaa? Na Kusni no se: Ma me wura ɔhene atamfoɔ ne wɔn a wɔsɔre tia woɔ pɛ wo bɔne no nyinaa nyɛ sɛ aberanteɛ no! Na ɔhene ho popoe, na ɔforo kɔɔ kuro pono so pia mu, na ɔsui. Na ɔrekorɔ no, sɛ ɔkaeɛ nie: Ao, me ba Absalom, me ba, me ba Absalom! Ɛkaa me nko a, anka mesii w’ananmu wui! Ao, Absalom, me ba, me ba!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Wɔka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, ɔhene resu, na ɔretwa Absalom ho adwo. Na nkonimdie no danee nnipa no nyinaa abooboodie ɛda no; na nkurɔfoɔ no tee da no sɛ ɔhene redi awerɛhoɔ ma ne ba. Na nnipa no wiawiaa wɔn ho baa kuro no mu da no, sɛdeɛ ɛdɔm a wɔredwane ɔko mu wɔ ahohora mu wiawia wɔn ho no. Na ɔhene deɛ, na wakata n’anim, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Ao, me ba Absalom, ao, Absalom me ba, me ba! Na Yoab baa ɔhene nkyɛn efie, na ɔkaa sɛ: Woahyɛ wo nkoa a ɛnnɛ wɔagye wo kra, wo mmammarima, wo mmammaa kra, wo yerenom kra ne wo mpenafoɔ kra no nyinaa aniwuo nnɛ, sɛ wodɔ w’atamfoɔ na wotane w’adɔfoɔ. Na woakyerɛ nnɛ sɛ asafohene ne nkoa nyɛ hwee mma wo; na mahunu sɛ, sɛ Absalom nyaa nkwa na yɛn nyinaa wuwuiɛ a, anka wopɛ. Na afei sɔre firi adi, na kɔka abotɔyam asɛm kyerɛ wo nkoa. Na medɔ Nyame sɛ, sɛ woamfiri adi a, obiara rentena wo nkyɛn anadwo yi, na ɛno mmom bɛyɛ bɔne ama wo asene bɔne biara a aba wo soɔ firi wo mmeranteberɛ mu de abɛduru sɛsɛɛ. Ɛnna ɔhene sɔre bɛtenaa ase wɔ kuro pono no mu. Na wɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Hwɛ, ɔhene te kuro pono no mu. Ɛnna ɔman no nyinaa baa ɔhene anim. Na Israel deɛ, na wɔadwanedwane kɔ wɔn afie mu. Na ɔman no nyinaa kasakasaa Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ: Ɔhene gyee yɛn firii yɛn atamfoɔ nsam, na ɔyii yɛn Filistifoɔ nsam; na afei Absalom nti wadwane afiri asase yi so. Na Absalom a yɛsraa no ngo dii yɛn soɔ no nso atɔ dɔm ano; na afei adɛn nti na motwentwɛn sɛ mobɛkɔ akɔfa ɔhene asane aba yi? Na Ɔhene Dawid tee deɛ Israel nyinaa aka no, ɔsoma maa wɔkɔɔ Asɔfoɔ Sadok ne Abiatar nkyɛn sɛ: Monkɔbisa nkyerɛ Yuda mpanimfoɔ sɛ: Adɛn nti na motwentwɛn mo nan ase sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asane akɔ ne fie? Me nuanom ne mo, me nnompe ne me nam ne mo, na adɛn nti na motwentwɛn mo nan ase sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asane akorɔ? Na Amasa nso, monka nkyerɛ no sɛ: Ɛnyɛ me nnompe ne me nam ne wo? Sɛ woanyɛ dɔm so safohene m’anim nna nyinaa ansi Yoab ananmu a, Onyankopɔn nyɛ me sɛɛ na ɔnkɔ so nyɛ me sɛɛ! Ɔtwee Yuda mmarima nyinaa bae sɛ onipa baako, na wɔsoma maa wɔbaa ɔhene nkyɛn sɛ: Wo ne wo nkurɔfoɔ nyinaa, monsane mmra. Na ɔhene sane baa Yordan ano. Na Yuda baa Gilgal sɛ wɔreba abɛhyia Ɔhene, na wɔde no atwa Yordan. Na Benyaminni Gera ba Simei a ɔfiri Bahurim no yɛɛ ntɛm ne Yuda mmarima no siane ba bɛhyiaa Ɔhene Dawid, na Benyamin mmarima apem ka ne ho, na Saulo fie abɔfra Siba ne ne mma dunum ne n’asomfoɔ aduonu no ne no bɛtwaa Yordan baa ɔhene anim. Na kodoɔ no twa kɔɔ sɛ wɔde rekɔfa ɔhene fiefoɔ, na wɔayɛ deɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ. Na ɔhene rebɛtwa Yordan no, Gera ba Simei bɔɔ ne mu ase n’anim, na ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Mma me wura mmmu amumuyɛ nnto me so, na nkae deɛ w’akoa fom yɛɛ no da a me wura ɔhene firii Yerusalem no, na ɔhene mmfa nnhyɛ n’akomam. Na w’akoa nim sɛ mayɛ bɔne; saa nti, hwɛ, me na madi Yosef fie nyinaa kan maba nnɛ sɛ meresiane mabɛhyia me wura ɔhene. Na Seruia ba Abisai bisaa sɛ: Ɛnsɛ sɛ wɔkum Simei, sɛ wadome deɛ AWURADE asra no no anaa? Na Dawid buaa sɛ: Ɛdeɛn na me ne mo Seruia mma wɔ yɛ, sɛ moyɛ sɛ atamfoɔ a wɔne me di asie nnɛ yi? Ɛnnɛ ɛsɛ sɛ wɔkum obi Israel anaa? Mennim sɛ ɛnnɛ mene Israel so hene anaa? Na ɔhene ka kyerɛɛ Simei sɛ: Wɔrenku wo. Na ɔhene kaa no ne ntam. Na Saulo ba Mefiboset siane ba bɛhyiaa ɔhene; na ɔnsiesiee ne nan ase, na ɔnyii ne bɔgyesɛ, na ne ntadeɛ nso ɔnsii, firi da a ɔhene kɔeɛ no de bɛsi da a ɔbaa fie asomdwoeɛ mu no. Na ɔfirii Yerusalem bɛhyiaa ɔhene no, ɔhene bisaa no sɛ: Mefiboset, adɛn nti na wo ne me ankorɔ? Na ɔbuaa sɛ: Ao, me wura ɔhene, me somfoɔ no na ɔdaadaa me; na wo somfoɔ ka kyerɛɛ no sɛ: Hyehyɛ afunumu na mentena no so nkɔ ne ɔhene nkɔ, ɛfiri sɛ wo somfoɔ yɛ apakye. Na ɔbɛsɛee me kyerɛɛ me wura ɔhene. Na me wura ɔhene te sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ, enti yɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ. Na m’agya fie nyinaa nsɛ hwee sɛ owuo mma ma me wura ɔhene, nanso wode wo somfoɔ sii wɔn a wɔdidi wo pono soɔ mu, enti kwan bɛn na mewɔ bio, nso ɛdeɛn na mede bɛsu afrɛ ɔhene bio? Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na woda so ka w’asɛm yi bio? Mese: Wone Siba nkɔkyɛ asase no mu. Na Mefiboset ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛ me wura ɔhene de asomdwoeɛ anya aba ne fie yi, ma Siba mfa asase nyinaa mpo. Na Gileadni Barsilai siane firii Rogelim bae, na ɔne ɔhene twaa Yordan, sɛ ɔrekɔgya no Yordan agya. Nso na Barsilai abɔ akora sɛ, wadi mfirinhyia aduɔwɔtwe. Na ɔhene tenaa Mahanaim no, ɔno na ɔhwɛɛ no, na ɔyɛ ɔdefoɔ kɛseɛ. Na ɔhene ka kyerɛɛ Barsilai sɛ: Wo deɛ, wo ne me ntwa nkɔ, na menhwɛ wo me nkyɛn wɔ Yerusalem. Na Barsilai bisaa ɔhene sɛ: Me nkwa nna aka ahe na me ne ɔhene mforo nkɔ Yerusalem yi? Madi mfirinhyia aduɔwɔtwe nnɛ, mɛhunu papa ne bɔne mu, anaasɛ w’akoa bɛte deɛ mɛdie ne deɛ mɛnom dɛ, anaasɛ mɛte nnwontofoɔ mmarima ne mmaa nne bio anaa? Na adɛn nti na wo somfoɔ nkɔ so nyɛ adesoa mma me wura ɔhene? Enti wo somfoɔ bɛgya ɔhene kwan Yordan agya ara. Na adɛn nti na ɔhene de akatua yi bɛtua me? Wo kyɛw nie, ma w’akoa nsane nkɔwu ne kurom, n’agya ne ne na damena ho. Na hwɛ, ma wo somfoɔ Kimham ne me wura ɔhene ntwa nkɔ, na yɛ no deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ. Na ɔhene kaa sɛ: Kimham ne me ntwa nkɔ, na mɛyɛ no deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ; na biribiara a wobɛhwehwɛ no me hɔ no, mɛyɛ ama wo. Na ɔman no nyinaa twaa Yordan, na ɔhene nso twae; na ɔhene yɛɛ no atuu, na ɔhyiraa no maa ɔsane kɔɔ fie. Na ɔhene sene kɔɔ Gilgal; na Kimham ne no kɔe. Na Yuda man nyinaa ne Israel man fa nso de ɔhene sene kɔe. Na hwɛ, Israel mmarima nyinaa baa ɔhene nkyɛn bɛbisaa ɔhene sɛ: Adɛn nti na yɛn nuanom Yuda mmarima awia wo korɔ, na wɔde ɔhene ne ne fiefoɔ ne Dawid mmarima a wɔka ne ho nyinaa akɔtwa Yordan aba? Ɛnna Yuda mmarima nyinaa buaa Israel mmarima sɛ: Ɛfiri sɛ ɔhene bɛn yɛn. Na adɛn nti na asɛm yi nti mo bo huru mo yi? Yɛadi ɔhene biribi anaasɛ wakyɛ yɛn biribi anaa? Na Israel mmarima no buaa Yuda mmarima sɛ: Yɛwɔ kyɛfa du ɔhene mu, na Dawid mu nso deɛ yɛwɔ sene mo. Adɛn nti na moabu yɛn ketewa, na ɛnyɛ yɛn na yɛdii kan kaa sɛ yɛde ɔhene bɛsane aba? Na Yuda mmarima nsɛm ano yɛɛ den sene Israel mmarima nsɛm no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔbarima huhuni bi wɔ hɔ a ne din de Seba a ɔyɛ Benyaminni Bikri ba. Na ɔhyɛnee totorobɛnto sɛ: Yɛnni kyɛfa biara wɔ Dawid mu, na yɛnni agyapadeɛ Yisai ba no nkyɛn. Israel, monkɔ mo adan mu. Ɛnna Israel mmarima nyinaa firii Dawid akyi kɔ kɔdii Bikri ba Seba akyire. Na Yuda mmarima deɛ, wɔbataa wɔn hene ho firi Yordan ho ara de baa Yerusalem. Na Dawid baa ne fie wɔ Yerusalem. Na Dawid faa mmaa du, ne mpenafoɔ a ɔgyaa wɔn sɛ wɔnhwɛ fie no de wɔn kɔguu mmaa mu, na ɔbɔɔ wɔn akɔnhoma, na wɔn ho deɛ, wankɔ. Na wɔtoo wɔn mu kɔsii wɔn wu da maa wɔdii wɔn nkwa berɛ te sɛ deɛ wɔyɛ kuna. Na ɔhene ka kyerɛɛ Amasa sɛ: Kɔfrɛfrɛ Yuda mmarima ma wɔnhyia me nnansa yi mu ara, na wo nso bra bi. Na Amasa kɔɔ sɛ ɔrekɔfrɛfrɛ Yudafoɔ; na ɔkyɛre sene berɛ a wɔhyɛɛ no no. Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ: Afei deɛ, Bikri ba Seba bɛyɛ yɛn bɔne asene Absalom deɛ no mpo: Wo deɛ, fa wo wura mmarima no na ti no, na wannya afasuo nkuro no bi amfa, na wammɛha yɛn. Ɛnna Yoab mmarima ne Keretifoɔ ne Peletifoɔ ne nnɔmmarima no nyinaa tu dii n’akyire; na wɔfirii Yerusalem sɛ wɔreti Bikri ba Seba. Na wɔduruu Gibeon boɔ kɛseɛ no ho no, Amasa bɛfirii wɔn anim. Na Yoab deɛ, na wabɔ n’akotadeɛ a ɔhyɛ no so, ɛso na na ne nkrantɛ abɔsoɔ wɔ, ɛsɛne n’asene mu, bɔha mu; na ɔrefiri adie no, ɛworɔ tɔɔ fam. Na Yoab bisaa Amasa sɛ: Me nua, wo ho yɛ anaa? Na Yoab de ne nsa nifa kɔsɔɔ Amasa bɔgyesɛ mu sɛ ɔrefe n’ano. Na Amasa anhwɛ nkrantɛ a ɛkura Yoab nsam no, na ɔde wɔɔ ne yafunu mu tuee ne nsono guu fam, na wamfoa no so, na ɔwui. Na Yoab ne ne nua Abisai tii Bikri ba Seba. Na Yoab mmeranteɛ no mu bi gyinaa ne nkyɛn na ɔkaa sɛ: Deɛ ɔpɛ Yoab asɛm ne deɛ ɔyɛ Dawid deɛ no, ma no nni Yoab akyi! Na Amasa yantamyantam mogya mu tempɔn no so. Na obiara a ɔbɛduru hɔ sɛ n’ani bɔ no so a, na wagyina. Saa nti, ɔbarima no hunuu sɛ ɛdɔm no nyinaa gyinagyina hɔ no, ɔtwee Amasa firii tempɔn no so kɔtoo wiram na ɔde ntoma kataa ne so. Na wɔyii no firii tempɔn no soɔ no, wɔn nyinaa sene kɔdii Yoab akyi tii Bikri ba Seba. Na Seba faa Israel mmusuakuo nyinaa mu twaa mu kɔduruu Abel ne Bet-maaka ne Bikrifoɔ nyinaa so, na wɔhyia boaa ano ba bɛdii n’akyi. Na ɛdɔm a wɔka Yoab ho no nyinaa kɔkaa no hyɛɛ Abel a ɛwɔ Bet- maaka, na wɔtotoo kuro no ho epie wɔ afasuo no akyi, na wɔpempemee afasuo no sɛ wɔredwiri agu. Ɛnna ɔbaa nyansafoɔ bi firi kuro no mu teaa mu sɛ: Montie, montie! Monka nkyerɛ Yoab sɛ ɔntwe mpini ha, na me ne no nkasa. Na ɔtwe pinii no no, ɔbaa no bisaa no sɛ: Ɔne Yoab anaa? Na ɔkaa sɛ: Mene no. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Tie w’abaawa nsɛm yi. Na ɔkaa sɛ: Meretie. Na ɔkaa sɛ: Akane no na wɔka sɛ: Wɔnkɔ abisa wɔ Abel, na wɔawie no saa. Meyɛ wɔn a wɔpɛ asomdwoeɛ ne nokorɛ no mu baako, wo deɛ, worehwehwɛ akum Israel mu kuro a ɛyɛ ɛna; adɛn nti na worebɛmene AWURADE agyapadeɛ? Na Yoab buaa sɛ: Ɛmpare me, ɛmpare me sɛ mɛmene anaasɛ mɛsɛeɛ. Asɛm no nte saa, na ɔbarima bi a ɔfiri Efraim bepɔ soɔ a ne din de Bikri ba Seba na wama ne nsa so atia Ɔhene Dawid. Monyi ɔno nko mma, na mɛfiri kuro no ho akɔ. Na ɔbaa no ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, wɔbɛto ne tiri afa ɔfasuo no so ama wo. Ɛnna ɔbaa no faa nyansa kwan so kɔɔ ɔman no nyinaa nkyɛn. Na wɔtwaa Bikri ba Seba ti to twenee Yoab. Na Yoab hyɛnee totorobɛnto, na wɔfirii kuro no ho hwete kokɔɔ wɔn ntomadan mu. Na Yoab sane baa Yerusalem ɔhene nkyɛn. Nso Yoab na na ɔdi Israel asraadɔm nyinaa soɔ, na Yoiada ba Benaia di Keretifoɔ ne Peletifoɔ soɔ. Na Adoram di ɛtoɔ soɔ, na Ahilud ba Yosafat ne ɔsɛnkaefoɔ. Na Sefa ne ɔtwerɛfoɔ, na Sadok ne Abiatar ne asɔfoɔ. Na Yairini Ira nso yɛ Dawid sɔfoɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛkɔm bi baa Dawid berɛ so mfeɛ mmiɛnsa, afe toa afe so. Na Dawid kɔbɔɔ AWURADE anim mpaeɛ. Na AWURADE buaa sɛ: Mogya ho afobuo aba Saulo ne ne fiefoɔ so sɛ ɔkumm Gibeonfoɔ no. Ɛno nti ɔhene frɛɛ Gibeonfoɔ no. Nso na Gibeonfoɔ no mfiri Israelfoɔ mu, na mmom wɔyɛ Amorifoɔ nkaeɛ no bi, — na Israelfoɔ aka ntam akyerɛ wɔn sɛ wɔrenkum wɔn, nanso Saulo hwehwɛɛ sɛ ɔku wɔn wɔ mmɔden a wɔbɔ maa Israel ne Yudafoɔ no mu. Ɛnna Dawid bisaa Gibeonfoɔ no sɛ: Ɛdeɛn na menyɛ mma mo? Na ɛdeɛn na memfa mpata mo na moahyira AWURADE agyapadeɛ? Na Gibeonfoɔ ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ dwetɛ anaa sika asɛm na yɛne Saulo ne ne fiefoɔ wɔ ka, ɛnna ɛnyɛ Israel mu obi na yɛrepɛ no aku no. Na ɔse: Ɛdeɛn na mose menyɛ mma mo? Na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɔbarima a ɔdwerɛɛ yɛn a ɔtuu yɛn tiri so agyina sɛ wɔnsɛe yɛn na yɛannya Israel asase biara so antena no, ma wɔmfa ne mma mu mmarima nson mma yɛn, na yɛnsensɛne wɔn mma AWURADE wɔ Saulo a AWURADE faa no no kuro Gibeon mu. Na ɔhene kaa sɛ: Mɛma. Na AWURADE ntam a ɛda wɔn ntamu, na ɛda Dawid ne Saulo ba Yonatan ntamu no nti, ɔhene hunuu Saulo ba Yonatan ba Mefiboset mmɔbɔ. Na ɔhene faa Aia babaa Rispa mmammarima mmienu a ɔwo maa Saulo, Armoni ne Mefiboset ne Saulo babaa Mikal mmammarima nnum a ɔwo maa Meholatni Barsilai ba Adriel no, na ɔde wɔn hyɛɛ Gibeonfoɔ no nsa, na wɔsensɛnee wɔn bepɔ no so AWURADE anim, na wɔn nnipa nson no totɔɔ prɛko. Na wɔkumm wɔn twaberɛ nna a ɛdi kan mu, atokoɔtwa mfitiaseɛ mu. Na Aia babaa Rispa faa ayitoma de sɛɛ ɔbotan no so deɛ amu no wɔ no fae firii twaberɛ mfitiaseɛ no kɔsii sɛ osuo firi soro guguu wɔn soɔ, na wamma ewiem nnomaa ammɛsisi wɔn so awia, na wiram mmoadoma nso amma wɔn so anadwo. Na wɔbɛkaa deɛ Aia ba Rispa, Saulo mpena no yɛeɛ no kyerɛɛ Dawid. Na Dawid kɔ kɔgyee Saulo nnompe ne ne ba Yonatan nnompe firii Yabes-gileadfoɔ nsam, na wɔn na wɔkɔwiaa no Bet-san abɔntene soɔ, deɛ Filistifoɔ de wɔn sensɛnee da a Filistifoɔ kumm Saulo wɔ Gilboa no, na ɔde Saulo nnompe ne ne ba Yonatan nnompe firii hɔ bae, na wɔboaboaa ano kaa wɔn a wɔsensɛnee wɔn no nnompe ho. Na wɔsiee Saulo ne ne ba Yonatan nnompe Benyamin asase so wɔ Sela, n’agya Kis da mu; na wɔyɛɛ deɛ ɔhene hyɛɛ wɔn no nyinaa; na ɛno akyiri no Onyankopɔn dom asase no. Na Filistifoɔ ne Israel dii ako bio. Na Dawid ne ne nkurɔfoɔ siane kɔnee Filistifoɔ no koe; na Dawid brɛe. Na Yisbi-benob a ɔyɛ abrane mma mu bi a ne pea duro kari kɔbere mfrafraeɛ nnwetɛbena ahasa na ɔde nkrantɛ foforɔ abɔ n’asene no kaa sɛ ɔrebɛkum Dawid. Na Seruia ba Abisai boaa no, na Dawid bɔɔ Filistini no kumm no. Ɛno na Dawid mmarima no kaa ntam sɛ: Wo ne yɛn remfiri nnkɔ ɔsa bio, na wɔannum Israel kanea. Yei akyiri no, wɔne Filistifoɔ nyaa ɔko bio wɔ Gob. Ɛno mu na Husani Sibekai kumm Saf a ɔyɛ abrane mma mu bie no. Na wɔne Filistifoɔ nyaa ɔko bio wɔ Gob. Na Betlehemni Yaare-oregim ba Elhanan kumm Gitini Goliat a ne pea dua te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua. Na ɔko baa bio wɔ Gat. Na ɔbarima tentene bi wɔ hɔ a ɔwɔ nsateaa ne nansoaa nsia nsia ma ano si aduonu nnan, na ɔno nso yɛ abrane no bi ba. Na ɔretwitwa Israel mpoa no, Dawid nua Simei ba Yonatan kumm no. Nnipa baanan yi yɛ Gat abrane no bi mma a wɔtotɔɔ Dawid ne ne nkoa nsam.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na da a AWURADE yii Dawid firii n’atamfo nyinaa ne Saulo nsam no, ɔkaa dwom yi mu nsɛm kyerɛɛ AWURADE, na ɔse: AWURADE, ne me botan, m’abankɛseɛ ne me gyefoɔ, me botantim Nyankopɔn a medwane mekɔtoa no. Me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten ne me dwanekɔbea, m’agyenkwa a wogyee me firii akakabensɛm mu. AWURADE a ɔfata sɛ wɔyi no ayɛ no na mesu mefrɛ no, na ɔgye me m’atamfoɔ nsam. Na owuo asorɔkyeɛ twaa me ho hyiae, na sɛeɛ asuasu woro yii me hu. Asamando nhoma kyekyeree me, owuo fidie bɛhyiaa me rebɛyi me. M’ahohiahia mu mesu mefrɛɛ AWURADE, me Nyankopɔn na meteaa mu mefrɛɛ no. Na ɔtee me nne n’asɔrefie, na me nteamu duruu n’aso mu. Ɛnna asase hinhimiiɛ, na ɛwosoe, ɔsoro nnyinasoɔ nso popoe, na ɛhinhimii, ɛfiri sɛ na ne bo afu. Wisie tu firii ne hwenem, na ogya firii n’anomu hyee adeɛ, na nnyansramma a wɔasɔ ne mu. Ɔkuntunuu ɔsoro na ɔdurui fam, na esum kabii wɔ ne nan ase. Na ɔtenaa Kerub so tui, na wɔhunuu no mframa ntaban so. Na ɔde esum yɛɛ ne ho asese, nsuo mmoaano, danee mununkum kusuu. Ne ho haran mu na nnyansramma dɛreeɛ. AWURADE bɔɔ mu firii soro, na ɔsorosoroni no maa wɔtee ne nne. Na ɔtotoo agyan de bɔɔ wɔn petee, aprannaa na ɔde tuu wɔn ase. Na ɛpo mu aka yiyii adi, wiase nnyinasoɔ ho daa hɔ. Ɛnam AWURADE animuka nti, ɛfiri ne hwene mu home tehyeetehyee mu. Ɔtenee ne nsa firii soro bɛfaa me, ɔtwee me firii nsuo pii mu. Ɔgyee me firii me tamfo aniɛdenfoɔ ne wɔn a wɔkyiri me no nsam, ɛfiri sɛ wɔn ho yɛ den sene me. Wɔbɛtoaa me m’amanehunu da mu, na AWURADE bɛyɛɛ me okyigyinafoɔ, na ɔyii me kɔgyinaa deɛ ɛhɔ trɛ, ɔgyee me, ɛfiri sɛ na ɔpɛ m’asɛm. AWURADE tuaa me ka sɛdeɛ me tenenee teɛ, sɛdeɛ me bemdie teɛ na ɔtuaa me ka. Na mehwɛɛ AWURADE akwan, na menyɛɛ bɔne mfirii me Nyankopɔn ho. Na n’atemmudeɛ nyinaa wɔ m’ani so, na n’ahyɛdeɛ nso, memfirii ho. Na manni fɔ wɔ n’anim, na mahwɛ me ho so afiri m’amumuyɛ ho. Na AWURADE atua me ka sɛdeɛ me tenenee teɛ, sɛdeɛ m’ahoteɛ a ɛda n’anim no teɛ. Ɔnokwafoɔ na wo ne no bɛdi no nokorɛ mu, ɔbarima a ɔdi mu na wo ne no bɛdi no amudie soɔ. Deɛ ne ho teɛ na wobɛte wo ho akyerɛ no, na ɔkontonkyini deɛ, wobɛkyinkyim wo ho akyerɛ no. Na ɔman a wɔbrɛ wɔn ho aseɛ no, wogye wɔn, na w’ani sa ahantanfoɔ na woabrɛ wɔn ase. Na wo, AWURADE, wone me kanea, na AWURADE haran me sum mu ma me. Na wo na mede wo tu dɔm, na mede me Nyankopɔn mehuri metra ɔfasuo. Onyankopɔn deɛ, ne kwan yɛ pɛ, AWURADE bɔhyɛ yɛ nokorɛ, ɔyɛ ɛkyɛm ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ nyinaa. Na hwan ne onyame? Gye sɛ AWURADE nko. Na hwan na ɔyɛ ɔbotan? Gye sɛ yɛn Nyankopɔn. Saa Onyankopɔn yi ne m’aban a ɛyɛ den, na ɔma me kwan yɛ dwoodwoo. Ɔyɛɛ me nan sɛ aforotebereɛ deɛ, na ɔmaa megyinaa me mmepɔ so pintinn. Ɔkyerɛ me nsa akodie, na m’abasa akuntunu kɔbere mfrafraeɛ tadua mu. Na wode wo nkwagye kyɛm maa me, na wo mmoa ma meyɛɛ kɛseɛ. Wotrɛ m’anammɔn tutuo mu wɔ m’ase na me nan anwatiri. Metii m’atamfoɔ na mesɛee wɔn, na mansane de kɔsii sɛ mehyee wɔn, na memenee wɔn, na mebobɔɔ wɔn na wɔansɔre, na wɔtotɔe wɔ me nan ase. Na wode ahoɔden bɔɔ me abɔsoɔ maa akodie, wobrɛɛ wɔn a wɔsɔre tiaa me no ase hyɛɛ m’ase. Na womaa m’atamfoɔ danee wɔn akyi kyerɛɛ me, wɔn a na wɔkyiri me no, na mesɛee wɔn. Wɔhwɛe, na ɔgyefoɔ biara nni hɔ, wɔsu frɛɛ AWURADE, na wammua wɔn. Na mepɛkyɛɛ wɔn pasaa sɛ fam mfuturo, metiatiaa wɔn so mewɔɔ wɔn sɛ mmɔntene so dɔteɛ. Woyii me firii m’amanko mu, woahwɛ me sɛ menyɛ amanaman ti. Ɔman a menni wɔn no som me. Ananafoɔ bɛbrɛ wɔn ho ase ama me, wɔtee me nka pɛ, wɔtiee me. Ananafoɔ bo tui, na wɔde ahopopoɔ firi wɔn aban mu bae. AWURADE te ase, na nhyira nka me botantim no. Na me nkwagyeɛ botan Nyankopɔn no, wɔmma no so. Onyankopɔn a ɔtɔɔ were maa me, na ɔbrɛɛ aman ase hyɛɛ m’ase, deɛ ɔyii me firi m’atamfoɔ nsam, aane, wo na woma me so boro wɔn a wɔsɔre tia me no soɔ, wogyee me firi aniɛdenfoɔ nsam, Enti, AWURADE, mɛkamfo wo amanaman mu, na mabɔ wo din mato ayeyie nnwom, sɛ wone deɛ ɔma ne hene nkwagyeɛ so, na ɔyɛ deɛ wasra no no adɔeɛ, Dawid ne n’asefoɔ daa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yeinom ne Dawid nsɛm a ɛdi akyire. Yisai ba Dawid adiyisɛm a wanya sɛ ɔreka, ɔbarima a wɔmaa no soɔ no adiyisɛm, deɛ Yakob Nyankopɔn asra no ne Israel dwom dɛdɛ tofoɔ asɛm a ɔreka nie: AWURADE honhom nam me so kasa, na n’asɛm wɔ me tɛkyerɛma so. Israel Nyankopɔn akasa, me na Israel botan no kasa kyerɛɛ me. Deɛ ɔdi nnipa soɔ a ɔtene, deɛ ɔdi so Nyankopɔn suro mu. Na ɔbɛyɛ sɛ anɔpa hann, berɛ a owia repue, sɛ anɔpa a mununkum nni hɔ, sɛ owia gyegyeɛ ne osutɔ nti wira fifiri fam. Aane, ɛnyɛ saa na me fie teɛ wɔ Nyankopɔn nkyɛn? Na ɔne me apam daa apam, wasiesie nnoɔma nyinaa mu na wɔhwɛ so. Na me mmoa nyinaa ne deɛ mepɛ nyinaa, ɔremma no mfefɛ anaa? Nanso ahuhufoɔ deɛ, wɔn nyinaa te sɛ nkasɛɛ a wɔato aguo, na wɔmfa nsa nsɔ mu. Na onipa a ɔrebɛka no no, wɔde dadeɛ ne pea dua ma no ma no de mia, na ɛhyeɛ ara na wɔde ogya bɛhyeɛ ama no asa koraa. Yeinom ne nnɔmmarima a Dawid wɔ no din: Takemoni Yoseb-basebet a ɔdi akunini mmiɛnsa no mu titire. Ɔno na ɔmaa ne pea so wɔ nnipa ahanwɔtwe so a ɔkunkumm wɔn prɛko. Na deɛ ɔdi n’akyire ne Ahohi ba Dodo ba Eleasa a ɔfra nnɔmmarima baasa a wɔka Dawid ho berɛ a wɔresopa Filistifoɔ a na wɔaboaboa wɔn ano rebɛko na Israel mmarima foro kɔeɛ no mu. Ɔno na ɔsɔre kunkumm Filistifoɔ no kɔsii sɛ ne nsam goeɛ na ne nsa fam ne nkrantɛ ho. Na AWURADE yɛɛ nkonim ade kɛseɛ da no, na ɛdɔm no dane kɔdii n’akyiri sɛ wɔbɛfom adeɛ nko. Na deɛ ɔdi n’akyire ne Hararini Agee ba Sama. Na Filistifoɔ no boaboaa wɔn ano yɛɛ asafo, na asasewa bi wɔ hɔ a asedua wɔ soɔ, na ɔman no dwane Filistifoɔ no anim. Na ɔno deɛ, ɔgyinaa asase no mfimfini na ɔperee, na ɔkumm Filistifoɔ no, na AWURADE yɛɛ nkonim ade kɛseɛ. Na atitire aduasa no mu baasa siane baa Dawid nkyɛn twaberɛ wɔ Adulam bodan mu. Na Filistifoɔ asafo bi akyere nsraban Refaim bonhwa mu. Nso ɛberɛ no mu no, na Dawid wɔ bepɔ so atenaeɛ no mu, na Filistifoɔ bansifoɔ wɔ Betlehem. Na sukɔm dee Dawid, na ɔkaa sɛ: Hwan na ɔbɛma me Betlehem asubura a ɛwɔ kuro pono ho no mu nsuo anom? Na nnɔmmarima baasa no te faa Filistifoɔ nsraban no mu kɔsaa Betlehem asubura a ɛwɔ kuro pono ho no mu nsuo de brɛɛ Dawid. Nanso wampɛ sɛ ɔnom, na ɔhwie gu maa AWURADE, na ɔse: Ɛmpare me, AWURADE, sɛ mɛyɛ yei. Mennom mmarima a wɔde wɔn kra too wɔn nsam kɔeɛ no mogya? Na wampɛ sɛ ɔnom. Yei na nnɔmmarima baasa no yɛeɛ. Na Yoab nua Seruia ba Abisai nso di baasa no mu titire. Ɔno na ɔtwee ne pea kumm nnipa ahasa, na ɔgyee din sɛ baasa no. Ɔno na na ɔwɔ animuonyam kɛseɛ wɔ nnipa aduasa no mu, na ɔdi wɔn so safohene, nanso wanto akane nnipa baasa no. Na Yehoiada ɔbarima a ɔfiri Kabseel a ɔyɛ mmaninneɛ a ɛso no ba Benaia kumm Moab gyatasɛefoɔ baanu; na ɔno nso siane kɔkum gyata wɔ abura mu, sukyerɛmma da bi; na ɔno ara nso kɔkumm Misraimni bi a ɔyɛ ɔbarima a ɔso, na Misraimni no kura pea ne nsam, na ɔde poma siane kɔɔ ne nkyɛn, na ɔhwam Misraimni no nsam pea no de ɔno ara ne pea no kumm no. Yei na Yehoiada ba Benaia yɛeɛ, na ɔnyaa din nnɔmmarima baasa no mu. Akunini aduasa no mu na ɔwɔ animuonyam, na akane baasa no deɛ, wanto wɔn. Na Dawid de no sii n’ankɔbeafoɔ so. Yoab nua Asahel fra aduasa no mu; Dodo ba Elhanan a ɔfiri Betlehem, Harodini Sama, Harodini Elika, Paltini Heles, Ikes ba Ira a ɔyɛ Tekoani, Anatotni Abieser, Husatni Mebunai, Ahohini Salmon, Netofani Maharai, Netofani Baana ba Heleb, Ribai ba Itai a ɔfiri Benyamin mma Gibea. Piratonni Benaia, Hidai a ɔfiri Nahale-gaas, Arabani Abi-albon, Barhumini Asmawet, Saalbonni Eliahba, Yasenfoɔ no mu: Yonatan. Hararini Sama, Hararini Sarar ba Ahiam, Maakati ba Ahasbai ba Elifelet, Giloni Ahitofel ba Eliam, Karmelni Hesro, Arbini Paarai, Natan ba Yigal a ɔfiri Soba, Gadni Bani, Amonni Selek, Beerotni Naharai, Seruia ba Yoab akodeɛkurani, Yitrini Ira, Yitrini Gareb, Hetini Uria. Wɔn nyinaa yɛ aduasa nson.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE bo huru tiaa Israel bio, na ɔpiapiaa Dawid hyɛɛ wɔn sɛ: Kɔ na kɔkan Israel ne Yuda. Na ɔhene ka kyerɛɛ Ɔsahene Yoab a ɔka ne ho no sɛ: Kɔkyini Israel mmusuakuo nyinaa mu firi Dan kɔsi Beer-seba, na monkan ɔman no, na menhunu ɔman no dodoɔ. Na Yoab ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma AWURADE wo Nyankopɔn nka ɔman no sɛdeɛ wɔteɛ yi ho mprɛha, na me wura ɔhene ani nhunu, na adɛn nti na me wura ɔhene pɛ sɛ wɔdi saa asɛm yi? Nanso ɔhene asɛm no yɛɛ Yoab ne ɛdɔm no mu asafohene no so den. Na Yoab ne ɛdɔm no mu asafohene no firi ɔhene anim firii adi, sɛ wɔrekɔkan Israel man no. Na wɔkɔtwaa Yordan, na wɔkɔsoɛɛ Aroer, kuro bi a ɛda Gad subonhwa no mu a ɛkyerɛ Yaser no nifa, na wɔkɔɔ Gilead ne anafoɔ Hodsi asase so, na wɔkɔɔ Dan-yaan ne Sidon. Na wɔduruu Tiro kuro a ɛyɛ den no ne Hewifoɔ ne Kanaanfoɔ nkuro nyinaa mu. Na wɔfiri hɔ baa Yuda anafoɔ fam wɔ Beer- seba. Na wɔkyinii asase no nyinaa so, na abosome nkron ne adaduonu akyiri no, wɔbaa Yerusalem, na Yoab de ɔman no anobuo no dodoɔ brɛɛ ɔhene, na Israel dɔm mu mmarima a wɔtwe nkrantɛ ano si mpem ha ahodoɔ nwɔtwe, na Yuda mmarima yɛ mpem ha ahodoɔ nnum. Na Dawid kan ɔman no saa no, n’akoma bɔɔ no paripari, na Dawid ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Deɛ mayɛ yi, mayɛ bɔne pa ara, na afei AWURADE, mesrɛ wo, ma w’akoa amumuyɛ nsene nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ! Na Dawid sɔree anɔpa no, AWURADE asɛm baa Odiyifoɔ Gad, Dawid dehununi no nkyɛn sɛ: Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Adeɛ mmiɛnsa na mede mereto w’anim, fa emu baako na memfa menyɛ wo. Na Gad baa Dawid nkyɛn bɛka kyerɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛkɔm mmra w’asase so mfeɛ nson, anaasɛ wobɛdwane w’atamfoɔ a wɔpamo woɔ anim abosome mmiɛnsa, anaasɛ ɔyaredɔm mmra w’asase so nnansa? Afei hwɛ, na hunu mmuaeɛ ko a memfa mensane menkɔma deɛ ɔsomaa me no. Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: Me ho hiahia me sɛ! Ma yɛnhwe AWURADE nsa mu ɛ, na ne mmɔborɔhunu dɔɔso; na nnipa nsam na wɔmmma mennhweɛ. Ɛnna AWURADE maa owuyadeɛ baa Israel soɔ firi anɔpa kɔsii berɛ a ɔhyɛeɛ no, na ɔman a ɛfiri Dan kɔsi Beer-seba no mu nnipa mpem aduɔson wuwui. Na ɔbɔfoɔ no tenee ne nsa Yerusalem so sɛ ɔresɛe no no, AWURADE nuu ne ho mmusuo no ho, na ɔka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔsɛe ɔman no sɛ: Ayɛ yie, pono wo nsa. Na AWURADE bɔfoɔ no aduru Yebusini Arauna ayuporebea ho. Na Dawid hunuu ɔbɔfoɔ a ɔsɛe ɔman no no, ɔka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Hwɛ, me na mayɛ bɔne, na me na mafom, na nnwan yi deɛ, ɛdeɛn na wɔayɛ? Ma wo nsa mmra me ne m’agya fie so. Na Gad baa Dawid nkyɛn da no bɛka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ na kɔsi afɔrebukyia ma AWURADE Yebusini Arauna ayuporebea hɔ. Na Dawid nam Gad asɛm no so foro kɔe, sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no. Na Arauna hwɛeɛ no, ɔhunuu ɔhene ne ne nkoa sɛ wɔresene aba ne nkyɛn. Na Arauna firii adi kɔbɔɔ ne mu ase ɔhene anim. Ɛnna Arauna bisaa sɛ: Adɛn nti na me wura ɔhene reba n’akoa nkyɛn yi? Na Dawid buaa sɛ: Merebɛtɔ wo hɔ ayuporebea no, na masi afɔrebukyia mama AWURADE, na wɔasi ɔhaw no kwan afiri ɔman no so. Na Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ma me wura ɔhene mfa, na ɔmmɔ afɔdeɛ sɛdeɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ. Hwɛ, ɔhyeɛ afɔrebɔ nantwie ne poreɛ nteaseɛnam ne anantwie no adwumayɛ nnua a wɔde bɛyɛ nnyina nie. Ɔhene, Arauna de ne nyinaa ma ɔhene. Na Arauna ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: AWURADE wo Nyankopɔn ani nsɔ wo. Na ɔhene ka kyerɛɛ Arauna sɛ: Dabi, na tɔ na mɛtɔ no wo hɔ, sɛdeɛ ne boɔ teɛ, na meremfa adeɛ biara a ɛnsom me boɔ memmɔ AWURADE me Nyankopɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ. Na Dawid tɔɔ ayuporebea no ne anantwie no maa dwetɛ nnwetɛbena aduonum. Na Dawid sii afɔrebukyia maa AWURADE wɔ hɔ, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na AWURADE gyee mpata no maa asase no, na wɔsii ɔhaw no kwan firii Israel so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Nnwom mu dwom a ɛyɛ Salomo deɛ. Ma no mfa n’ano mfeano mfe m’ano, na wo dɔ yɛ sene bobesa. Wo sradehwam yi hwa pa, ngohwam a wɔahwie ne wo din, ɛno nti na mmabaa dɔ woɔ no. Twe me di w’akyi! Ma yɛnka yɛn ho nkɔ. Ɔhene de me aba ne mpia mu. Yɛbɛdi ahurisie na yɛn ani agye wo ho, yɛbɛkamfo wo dɔ asene bobesa. Tenenee so na wɔdɔ woɔ. O Yerusalem mmammaa, mebiri deɛ, nanso me ho yɛ fɛ, sɛ Kedar ntomadan, sɛ Salomo ntwamutam. Monnhwɛ me haa ɛsiane sɛ mebirie nti, ɛsiane sɛ owia akusa me nti; Me na mmammarima bo fuu me, wɔmaa me yɛɛ bobeturo no hwɛfoɔ, nanso m’ankasa me bobeturo no deɛ, manhwɛ. Ka kyerɛ me, wo a me kra dɔ woɔ, ɛhe na wo nnwan kɔ adidie, ɛhe na woma wɔbutubutu awiaberɛ? Na adɛn nti na menyɛ sɛ deɛ ɔkyini wo mfɛfoɔ nnwankuo soɔ? Sɛ wo deɛ, wonnim a, O, ɔbaa a w’ahoɔfɛ da nso wɔ mmaa mu, firi adi fa nnwan no anammɔn so, na kɔyɛne wo mmirekyie mma, nnwanhwɛfoɔ tenabea hɔnom. Me pɔnkɔbere mfrafraeɛ a ɔwɔ Farao teaseɛnam ho no ho na mede wo metoɔ, me dɔfoɔ. W’afono yɛ fɛ, kona no mu, wo kɔn nso yɛ fɛ, kompuo no mu. Sika nnwinneɛ kona na yɛbɛyɛ ama woɔ ne dwetɛ mprɛngo a ɛsisi soɔ. Ɔhene wɔ akonnwa mpa ho no, na me sradehwam reyi ne hwa. Me dɔfoɔ yɛ me kurobo mua a ɛda me nufoɔ ntam. Me dɔfoɔ yɛ me sɛ ahuahaa nhwiren sia, wɔ En-gedi bobeturo mu. Hwɛ, wo ho yɛ fɛ, me dɔfoɔ, hwɛ, wo ho yɛ fɛ, w’aniwa yɛ aborɔnoma aniwa. Hwɛ, wo deɛ, wo ho yɛ fɛ, me dɔfoɔ, aane, wosɔ ani, yɛn nnaeɛ nso yɛ frɔmfrɔm. Yɛn adan nsamsoɔ yɛ tweneduro, yɛn ntaaboɔ yɛ pepeaa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Me deɛ, meyɛ Saron nhwiren, ne mmonhwa mu sukooko. Me dɔfoɔ wɔ mmammaa mu sɛ nkasɛɛ ntam sukooko. Me dɔfoɔ da mmeranteɛ ntam sɛ aprɛ a ɛwɔ kwaeɛ mu nnua ntam, mede anigyeɛ kɛseɛ tenaa ne nwunu ase, na n’aba yɛ me dodom dɛ. Ɔde me aba apontoɔ dan mu, na ne frankaa a ɛsi me soɔ ne ɔdɔ. Momfa bobe aba taterɛ nwowa me, momfa aprɛ aba nnwodwo me, ɛfiri sɛ ɔdɔ abɔ me yareɛ. O, sɛ ne nsa benkum hyɛ me tiri ase, na anka ne nsa nifa yɛ me atuu. Meka no ntam, Yerusalem mmammaa, atwewa ne petee mu aforotebereɛ ho ntam, sɛ monnnyane na monnhwanyane ɔdɔ kɔsi berɛ a ɔno ara pɛ. Me dɔfoɔ nne nie! Hwɛ, ɔreba! Ɔhuri tratra mmepɔ, ɔte nkokoɔ so pentenkwa. Me dɔfoɔ te sɛ ɔtwe anaa ɔforoteburuwa. Hwɛ sɛ ɔgyina yɛn fasuo akyire, ɔhwɛ mpomma mu no mu haa, ɔhwɛ ntokuro a ɛdeda nnadeɛ a ɛsisi mpomma no mu. Me dɔfoɔ kasa se me sɛ: Sɔre ɛ, me dɔfoɔ, m’ahoɔfɛ, na bra ɛ! Na hwɛ, awɔberɛ atwam, asusɔ agyae na ɛkɔ koraa. Nhwiren yi ne ho adi asase so, dwontoɔ berɛ adu, na wɔte anyankuku nka yɛn asase so. Borɔdɔma ama n’abunabunu regyegye, na obobe nnuabaforɔ reyi ne hwa. Sɔre, me dɔfoɔ, m’ahoɔfɛ, na bra ɛ! M’aburuburo a wowɔ ɔbotan tokuro mu ne sorɔnsorɔmmea ahuntaeɛ, ma menhunu w’anim, ma mente wo nne, na wo nne yɛ dɛ, na w’anim yɛ fɛ. Monkyere nsakraman mma yɛn, nsakraman nketewa a wɔsɛe bobe nturo no, na yɛn bobe asoso nnuabaforɔ. Me dɔfoɔ wɔ me, na me nso mewɔ no, ɔno a ɔyɛne ne nnwan sukooko mu. Dane wo ho, me dɔfoɔ, na yɛ sɛ ɔtwe anaa ɔforoteburuwa, mpaepaemu mmepɔ so, kɔsi sɛ enwunu bɛdwoɔ na sunsum ayerayera.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Me mpa so, ɔdasuo mu na mehwehwɛɛ deɛ me kra dɔ no no, mehwehwɛɛ no, nanso manhu no. Mefrɛɛ no, nanso wamma mmuaeɛ biara. Yei deɛ, mɛsɔre makyini kuro mu, mmɔntene so ne dwamu. Mɛhwehwɛ deɛ me kra dɔ no no. Mehwehwɛɛ no, nanso manhu no. Awɛmfoɔ a wɔkyini kuro mu bɛtoo me: Deɛ me kra dɔ no no, mohunuu no anaa? Mesianee wɔn ho kakra ara pɛ no, ɛnna mehunuu deɛ me kra dɔ no no. Mesɔɔ ne mu na mannyaa ne mu kɔsii sɛ mede no mebaa me na fie ne deɛ ɔwoo me no pia mu. Meka mo ntam, Yerusalem mmammaa, atwewa ne petee mu aforotebereɛ ho ntam, sɛ monnnyane na monnhwanyane ɔdɔ kɔsi berɛ a ɔno ara pɛ. Hwan ne oyi a ɔforo firi ɛserɛ so ba sɛ wisie a ɛsɔre tee, kurobo ne ohwamfufuo ne odwadini nnuhwam nyinaa apunu no yi? Hwɛ, Salomo apakan no! Nnɔmmarima aduosia atwa ho ahyia, wɔfiri Israel nnɔmmarima mu. Wɔn nyinaa kurakura mfena, wɔakwadare akodie mu, wɔn mfena bobɔ wɔn asene, anadwo bumbɔ nti. Ɔhene Salomo de Lebanon nnua yɛɛ apakan fɛfɛɛfɛ fae. Ɔyɛɛ n’adum dwetɛ, ne ntweremu sika, n’adwa yɛ ntoma a ɛberedum, emu nso, Yerusalem mmammaa de ɔdɔ adura mu. O Sion mmammaa, momfiri adi mmɛhwɛ Ɔhene Salomo, abotire a ne na de bɔɔ no, ne yere hyia da ne n’akoma anigyeɛ da no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Hwɛ, wo ho yɛ fɛ, me dɔfoɔ, hwɛ, wo ho yɛ fɛ, na w’aniwa yɛ aborɔnoma ani, w’anim nkatanim mu. Wo nwi te sɛ mmirekyikuo a wɔsiane wɔ Gilead bepɔ ho. Wo se te sɛ nnwanten bereɛ a wɔatwitwa wɔn nwi a wɔfiri adwareeɛ a wɔn nyinaa awowo ntanta, na deɛ wabu kyene nni wɔn mu. W’anofafa te sɛ koogyan homa, na w’anomu kasa yɛ dɛ. W’asontorɔ mu te sɛ atoaa aba fa, w’anim nkatanimu mu. Wo kɔn si so teateawa sɛ Dawid abantenten a akyɛm nketenkete apem sensɛne ho, ne nyinaa yɛ nnɔmmarima akyɛm. Wo nufo mmienu te sɛ atweburuwa nta a wɔdidi sukooko mu. Mɛkɔ kurobo bepɔ ne ohwamfufuo kokoɔ no so akɔsi sɛ onwunu bɛdwoɔ, na sunsum bɛyera. Wo ho nyinaa yɛ fɛ, me dɔfoɔ, na ɛdɛm biara nni wo ho. M’ayeforɔ, ɛne me mfiri Lebanon, ɛne me mfiri Lebanon nkɔ, na yɛmfiri Amana atifi, Senir ne Hermon atifi, agyata tenabea, asebɔ mmepɔ so, nhwɛ fam. Woakye m’akoma, me nuabaa, m’ayeforɔ, wode w’aniwa a wode hwɛɛ me no afa m’akoma ne wo kɔn mu ntweaban baako. Sɛdeɛ wo dɔ si yɛ dɛ, me nuabaa, m’ayeforɔ, sɛdeɛ wo dɔ si yɛ dɛ sene nsa, na wo sradehwam hwa sene duhwam biara. W’ano sosɔ ɛwomono, m’ayeforɔ, ɛwoɔ ne nufosuo wɔ wo tɛkyerɛma ase, na wo ntadeɛ mu hwa te sɛ Lebanon hwa. Me nuabaa, m’ayeforɔ yɛ turo a woato ano pono mu, nsuo aniwa a wɔasi ano kwan, ne asubura a wɔasɔ ano. Wo mman yɛ atoaa aba ne nnuaba a ɛwɔ boɔ turo, ahuahaa ne nnuannua ahodoɔ, nnuannua ne nkuto, bɛwewonua ne pɛprɛ ne ohwamfufuo nnua nyinaa, kurobo ne dupapo ne nnuhwam atitire nyinaa; nturo mu asubura, mmasuo aniwa ne nsuwansuwa a ɛfiri Lebanon so sene. Atifi fam mframa, sɔre, na anafoɔ mframa nso, bra bɛbɔ me turo mu, ma ne nnuhwam nsosɔ. Ma me dɔfoɔ mmra ne turo mu, na ɔnni mu nnuaba a ɛwɔ boɔ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Maba me turo mu, me nua, m’ayeforɔ, meretete me kurobo ne m’aduhwam, meredi me woɔkyɛm ne me woɔ, merenom me nsa ne me nufosuo. Nnamfonom, monnidi, adɔfonom, monnom na mommee. Me deɛ, medae, nanso na m’akoma anyane. Tie! me dɔfoɔ na ɔrebom sɛ: Hini me, me nuabaa, me dɔfoɔ, m’aburuburo a wodi mu; na obosuo ayɛ m’atifi ma, anadwo nsosɔeɛ ayɛ me mpɛsɛmpɛsɛ ma. Mayi m’atadeɛ, mɛyɛ dɛn mahyɛ? Mahohoro me nan ho, mɛyɛ dɛn mayɛ no fi? Me dɔfoɔ de ne nsa kaa pono no, na m’akoma dii ahurisie wɔ me mu. Ɛnna mesɔree sɛ merekɔhini me dɔfoɔ no, kurobo sosɔɔ me nsa ho, na kurobo a ɛnene sosɔɔ me nsateaa so, apratwom nsɔmu so. Mehinii me dɔfoɔ, nanso na me dɔfoɔ adane ne ho asane kɔ. Ɔrekasa no, m’akoma tui. Mehwehwɛɛ no, na manhu no, mefrɛɛ no, na wannye me so. Awɛmfoɔ a wɔkyini kuro mu no bɛtoo me, wɔbobɔɔ me, wɔpiraa me, afasuo so awɛmfoɔ gyee me nkatanimu. Meka mo ntam, Yerusalem mmammaa, sɛ mohunu me dɔfoɔ a, monka nkyerɛ no sɛ ɔdɔ ayare me. Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene ɔdɔfoɔ bie, O mmaa mu ɔhoɔfɛni? Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene ɔdɔfo bie, sɛ woka ntam gu yɛn so seyie? Me dɔfoɔ hoa na ɔbere, ɔda nso nnipa mpemdu mu. Ne tiri yɛ sika amapa pa, ne mpɛsɛmpɛsɛ yɛ kuhaa, ɛbiri sɛ anene. N’aniwa te sɛ asutene ho mmuruburo a wɔdware nufosuo, sisi ne mayɛ soɔ. N’afono te sɛ aduhwam akofie a nnuhwam yɛ so yie; n’anofafa te sɛ sukooko fɛfɛ a ɛsosɔ kurobo a ɛnene. Ne nsa yɛ sika nnwinneɛ a wɔde sikabereɛboɔ asisi mu, ne nipadua yɛ asonse adwinneɛ a wɔde hoaboɔ adura soɔ. Ne nan yɛ abofufuo adum a ɛsisi amapa nnyinasoɔ soɔ, ne suban te sɛ Lebanon, wɔayi no sɛ tweneduro nnua. N’anomu wɔ adɔkɔdɔkɔwadeɛ, na ne ho nyinaa yɛ akɔnɔdeɛ ara nko. Me dɔfoɔ nie, na m’adamfo nie, O Yerusalem mmammaa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
O mmaa mu ɔhoɔfɛni, ɛhe na wo dɔfoɔ no korɔ? Ɛhe na wo dɔfoɔ no adane ne ho afa, na yɛne wo nkɔhwehwɛ no? Me dɔfoɔ asiane kɔ ne turo mu, aduhwam akofie ho, sɛ ɔrekɔma ne nnwan aduane, na watete sukooko nhwiren afɛfɛ no. Me deɛ, mewɔ me dɔfoɔ, na me dɔfoɔ wɔ me, ɔno a ɔyɛne ne nnwan sukooko no mu. Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ sɛ Tirsa, woyɛ oyima sɛ Yerusalem, wo ho yɛ hu sɛ asraafoɔ a wɔahyia frankaa aseɛ. Yi w’ani firi me so, na ɛha me, wo nwi te sɛ mmirekyikuo a wɔsiane firii Gilead bepɔ ho. Wo se te sɛ nnwanten mmaatan a wɔfiri adwareeɛ reforo ba a wɔn nyinaa awowo ntanta, na deɛ wabu kyenee nni wɔn mu. W’asontorɔ mu te sɛ atoaa aba fa, w’anim nkatanimu mu. Ahemmaa yɛ aduosia, na mpenafoɔ yɛ aduɔwɔtwe, ne mmabaa a ɛnni ano. M’aburuburo a ɔdi mu yɛ baako pɛ, ne na bakorɔ ne no, deɛ ɔwoo no ɔdɔba ne no; mmammaa hu no, na wɔfrɛ no anigyeɛ, ahemmaa ne mpenafoɔ nso, na wɔkamfo no. Hwan ne oyi a ɔpue sɛ adekyeeɛ, ne ho yɛ fɛ sɛ ɔsrane, ne ho te sɛ owia, na ne ho yɛ hu sɛ asraafoɔ a wɔkura frankaa yi? Mesiane mekɔɔ adwe turo mu, sɛ merekɔhwɛ bonhwa mu nhahamma frɔmfrɔm, sɛ merekɔhwɛ sɛ obobe afefɛ, sɛ atoaa gu nhyerɛne anaa? Na mennim sɛ me kra de me bɛsi me man adehyeɛ nteaseɛnam mu. Sane, sane bra, Sulamit, sane, sane bra, na yɛnhwɛ wo. Adɛn na mohwɛ Sulamitni no? Ɔte sɛ Mahanaim asa no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sɛdeɛ wo mpaboa mu anammɔntutuo si yɛ fɛ, O ɔdehyeɛ babaa, w’asene ne w’ataaso te sɛ adwinneɛ a odwumfoɔ nsa ayɛ. Wo funuma te sɛ koraa kurukuruwa a mfrasa mmɔ no da, wo yafunu te sɛ ayukuo bi a wɔde sukooko atwa ho ahyia. Wo nufoɔ mmienu te sɛ atweburuwa nta; wo kɔn te sɛ asonse abantenten; w’aniwa te sɛ Hesbon ntadeɛ a ɛwɔ Bat-Rabim pono ho no; wo hwene te sɛ Lebanon abantenten a ɛhwɛ Damasko fam no; wo tiri si wo so sɛ Karmel, wo mpɛsɛmpɛsɛ te sɛ ntoma a ɛberedum, wɔakyere ɔhene ne mmɛsa mu Sɛdeɛ wo ho si yɛ fɛ fa, na sɛdeɛ wosi sɔ ani fa, O ɔdɔfoɔ, anigyedeɛ ahodoɔ no mu. Wo nnyinasoɔ te sɛ bɛtene, wo nufoɔ te sɛ obobe sia. Mese, mɛforo bɛtene na masɔ ne mpapa mu, O ma wo nufoɔ nyɛ sɛ obobe sia, na wo hwenem hwa nyɛ sɛ aprɛ, na wo mfeano te sɛ bobesa pa! a ɛfa menemu mu bɔkɔɔ, a ɛnam anofafa ne ɛse so nam kɔ mu yɔɔ. Me deɛ, meyɛ me dɔfoɔ deɛ, na me na n’ani gyina me. Bra, me dɔfoɔ, na yɛnkɔ petee mu, ma yɛnsoɛ nkuraa ase. Ma yɛntua nhema nkɔ bobe nturo mu nkɔhwɛ sɛ obobe afefɛ, na ne nhwiren apaepae, sɛ atoaa agu nhyerɛne anaa? Ɛhɔ na mɛyi me dɔ mama woɔ. Dudaim no yiyi ne hwam, na aba a ɛwɔ boɔ nyinaa wɔ yɛn pono ano, aba foforɔ ne adada, O me dɔfoɔ, mede asie ama wo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
O, sɛ anka woyɛ me nuabarima, a ɔnom me na nufoɔ ɛ! Sɛ merehu wo borɔno so a, anka mɛfe w’ano, nso obiara remmu me animtia. Anka mɛdi w’anim de wo aba me na fie, na woakyerɛkyerɛ me ɔdɔ, na mama woanom nsa a wɔde aduhwam bi agu mu, m’atoaa nsa no bi. Ne benkum hyɛ me tiri ase, na ne nifa yɛ me atuu. Meka mo ntam, O Yerusalem mmammaa, monnnyane ɔdɔ na monnhwanyane no, gye sɛ ɔno ara pɛ ansa! Hwan ne ɔbaa yi a ɔforo firi ɛserɛ so reba a ɔtwere ne dɔfoɔ yi? Menyanee wo aprɛ no ase, ɛhɔ na awoɔ kaa wo na woɔ, ɛhɔ na wo wofoɔ kyemeeɛ. Fa me si w’akoma so sɛ nsɔanodeɛ, fa me si wo basa so sɛ nsɔanodeɛ. Na ɔdɔ yɛ den sɛ wuo, ninkuntwe mu yɛ duru sɛ asamando, ne nsramma yɛ ogya nsramma, ogyaframa a ano yɛ den pa ara. Nsuo pii ntumi nnum ɔdɔ, na nsubɔntene ntumi nsram so; sɛ obi de ne fie adedodoɔ nyinaa ma de tɔ ɔdɔ mpo a, wɔremmu no hwee. Yɛwɔ onuabaa kumaa bi a ɔmmobɔɔ nufoɔ. Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabaa no da a wɔbɛbisa n’aseɛ no? Sɛ ɔyɛ ɔfasuo a, yɛbɛto ne so dwetɛ aban, na sɛ ɔyɛ ɛpono a, yɛde tweneduro ntaaboɔ bɛbram ne ho. Me deɛ, meyɛ ɔfasuo, na me nufoɔ te sɛ aban atentene, ɛno na meyɛɛ n’ani so sɛ deɛ ɔde asomdwoeɛ ba. Salomo wɔ bobeturo bi Baal-hamon, ɔde bobeturo no maa ahwɛfoɔ, sɛ n’aba nti wɔn nyinaa mmema no dwetɛ apem apem. Me bobeturo a ɛyɛ me deɛ no wɔ m’anim; apem no nyɛ wo deɛ, O Salomo, na ahanu nyɛ n’aba ahwɛfoɔ deɛ. O wo a wote nturo no mu no, wo mfɛfoɔ retie wo nne; ma mentie ɛ! Fa ntɛm dwane, me dɔfoɔ, na yɛ wo ho sɛ ɔtwe anaa ɔforoteburuwa, wɔ nnuhwam mmepɔ so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Hakalia ba Nehemia nsɛm nie. Na bosome Kislew mu, afe a ɛtɔ so aduonu a mewɔ Susan aban mu no, Hanani, me nuanom mu baako, ne mmarima bi a wɔfiri Yuda bae. Na mebisaa wɔn Yudafoɔ a wɔfirii mu firiiɛ, a wɔkaa nnommumfa no mu no ne Yerusalem ho asɛm. Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Nnommum no nkaeɛ a wɔaka wɔ asase no soɔ no wɔ amaneɛ kɛseɛ ne ahohora mu, na Yerusalem afasuo no abubu, na n’apono nso, wɔde ogya ahye. Na metee nsɛm yi no, metenaa ase mesui, na medii abooboo nna bi, na medii abuada, na mebɔɔ mpaeɛ ɔsoro Nyankopɔn no anim, na mese: Ao, AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛseɛ a ne ho yɛ hu a wokora apam ne adɔeɛ ma wɔn a wɔdɔ woɔ ne wɔn a wɔdi wo mmara nsɛm soɔ no, ma w’aso mmra so na w’aniwa mmue, na fa tie w’akoa mpaeɛ a merebɔ no w’anim nnɛ awia ne anadwo ama wo nkoa Israelfoɔ, ne ka a mereka Israelfoɔ bɔne a yɛayɛ woɔ no; na me nso ne m’agya fie ayɛ bɔne. Fom na yɛafom woɔ, na yɛanni wo mmara nsɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a wohyɛɛ w’akoa Mose no so. Na kae asɛm a wode hyɛɛ w’akoa Mose no sɛ: Mo deɛ, mofom a, me nso mɛbɔ mo apete aman mu. Na sɛ mosane ba me nkyɛn, na mohwɛ me mmara nsɛm di so a, ɛnneɛ sɛ wɔpamo mo kɔ ɔsoro ano nohoa a, ɛhɔ ara na mɛfiri maboaboa mo ano mede mo aba faako a mayi sɛ mɛma me din atena hɔ no. Na wɔn nso wɔyɛ wo nkoa ne wo man a wode wo tumi kɛseɛ ne wo nsa a ɛyɛ den agye wɔn. Ao, AWURADE, ma w’aso mmra w’akoa mpaebɔ ne wo nkoa a wo din suro yɛ wɔn fɛ mpaebɔ so, na ma no nsi w’akoa yie nnɛ, na ma no mmɔborɔhunu ɔbarima yi anim. Nso na mene ɔhene nsahyɛni wɔ ɛberɛ no mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Ɔhene Artasasta afe a ɛtɔ so aduonu, bosome Nisan mu no, na nsa si n’anim, na memaa nsa no so de maa ɔhene no. Nso na menyɛɛ m’anim mmɔbɔmmɔbɔ da. Na ɔhene bisaa me sɛ: Ɛfiri deɛn so na w’anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ sɛɛ, na wonyare nso? Yei nyɛ hwee sɛ akoma mu awerɛhoɔ. Na mesuroo pii pa ara, na mesee ɔhene no sɛ: Ɔhene nkwa so kɔsi daa. Ɛdeɛn nti na m’anim renyɛ mmɔbɔmmɔbɔ, sɛ kuro a m’agyanom adamena wɔ mu no ayɛ akurofo na wɔde ogya ahye n’apono no. Na ɔhene no ka kyerɛɛ me sɛ: Na ɛdeɛn na worehwehwɛ yi? Ɛnna mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpaeɛ, na mesee ɔhene no sɛ: Sɛ ɛyɛ ɔhene anisɔ, na sɛ w’akoa anya w’anim adom a, anka woasoma me Yuda, ama makɔ m’agyanom adamena kuro no mu makɔkyekyere bio. Na ɔhene ne (ɔhemmaa a ɔte ne nkyɛn ka kyerɛɛ me sɛ): Wo korɔ no bɛkyɛre akɔsi da bɛn, na da bɛn na wobɛsane aba? Na ɛsɔɔ ɔhene no ani sɛ ɔbɛgya me kwan; na mehyɛɛ no da. Na mesee ɔhene no sɛ: Sɛ ɛsɔ ɔhene ani a, ma wɔmma me nwoma, na memfa menkɔma asuogya amradofoɔ no, sɛ wɔnnya me kwan nkɔsi sɛ mɛduru Yuda, ne nwoma nso a mede bɛkɔ akɔma ɔhene kwaeɛhwɛfoɔ Asaf, sɛ ɔmma me nnua a mede bɛyɛ aban a ɛwɔ efie no ho apono no mpuna, ne kuro no fasuo no deɛ, ne efie a merekɔ mu no deɛ no. Na me Nyankopɔn ayamyɛ nsa a ɛwɔ me soɔ no nti, ɔhene no maa me. Na meduruu asuogya amradofoɔ no nkyɛn, na mede ɔhene nwoma no memaa wɔn. Nso na ɔhene asoma dɔm asafohene bi ne apɔnkɔsotefoɔ aka me ho. Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, teeɛ no, ɛyɛɛ wɔn ya kɛse, sɛ onipa bi aba rebɛhwehwɛ yiedie ama Israelfoɔ. Na mebaa Yerusalem, na medii hɔ nnansa. Na mesɔree anadwo, me ne mmarima kakraa bi a wɔka me ho. Nso na menkaa deɛ Onyankopɔn de ahyɛ m’akoma mu sɛ menyɛ memma Yerusalem no menkyerɛɛ onipa biara, na aboa biara nso nka me ho sɛ aboa a mete ne soɔ no. Na mefaa Bonhwa Pono no mu mefirii adi anadwo no mefaa ntweaseɛ nsuo aniwa no anim mekɔɔ Sumina Pono ano, na mehwɛɛ Yerusalem afasuo a abubuo ne n’apono a wɔde ogya ahyeɛ no. Na mesene mekɔɔ Nsuo aniwa Pono no ano ne Ɔhene Tadeɛ ho, nanso na m’aboa a mete no soɔ no nnya baabiara mfa. Ɛnna anadwo no meforoo subonhwa no mekɔhwɛɛ ɔfasuo no, na mesane mefaa Bonhwa Pono no mu mebaa bio. Na mmapɔmma no nnim deɛ mekɔeɛ ne deɛ meyɛeɛ. Na Yudafoɔ, asɔfoɔ, mmakoma, mmapɔmma ne nkaeɛ a wɔbɛyɛ adwuma no, na mennya menka menkyerɛɛ wɔn. Ɛnna mesee wɔn sɛ: Mo ara mohunu amaneɛ a yɛwɔ mu, sɛ Yerusalem ayɛ akurofo, na ɛho apono nso, wɔde ogya ahyeɛ. Mommra mma yɛnto Yerusalem afasuo no, na yɛanyɛ ahohora bio. Na meka kyerɛɛ wɔn me Nyankopɔn nsa a ɛyɛ wɔ me soɔ, ne ɔhene asɛm a ɔka kyerɛɛ me no. Ɛnna wɔkaa sɛ: Momma yɛnsɔre na yɛnsi. Na wɔhyehyɛɛ wɔn abasam den maa adwuma pa no. Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, ne Arabni Gesem teeɛ no, wɔdii yɛn ho fɛw, na wɔbuu yɛn animtia kaa sɛ: Asɛm bɛn na moredie yi? Ɔhene anim atua na moreteɛ yi? Na meyii wɔn ano sɛ: Ɔsoro Nyankopɔn no, ɔno na ɔbɛma no asi yɛn yie, na yɛn ne nkoa bɛsɔre asi, na mo deɛ, monni kyɛfa ne tumi ne nkaeɛ biara wɔ Yerusalem.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Ɔsɔfopanin Eliasib ne ne nuanom asɔfoɔ no sɔree na wɔsii Nnwan Pono no. Wɔdwiraa ho na wɔsisii n’apono no. Wɔyɛɛ no kronkron firii Ɔha Abantenten no ho de kɔsii Hananel Abantenten no ho. Na Yeriko mmarima sii deɛ ɛtoa soɔ, na Imri ba Sakur nso sii deɛ ɛtoa soɔ. Na Mpataa Pono no, Senaa mma na wɔsiiɛ, wɔn na wɔsamm soɔ na wɔsisii n’apono, ne mpratwom ne n’adaban. Wɔn nkyɛn mu na Hakkos ba Uria ba Meremot miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu nso na Mesesabel ba Berekia ba Mesulam miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu na Baana ba Sadok miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu na Tekoafoɔ miamiaa mu, na wɔn aberempɔn amfa wɔn kɔn ammɛhyɛ wɔn wura adwuma no mu. Na ɛpono dada no, Pasea ba Yoida ne Besodeia ba Mesulam miamiaa mu. Wɔn na wɔsamm soɔ, na wɔsii n’apono ne ne mpratwom ne n’adaban. Wɔn nkyɛn mu na Gibeonni Melatia ne Meronotni Yadon, Gibeon ne Mispa mmarima a wɔhyɛ asuogya amrado no aseɛ no miamiaa mu. Deɛ ɛtoa wɔn so na Harhaia ba Usiel a ɔfiri sika adwumfoɔ mu no miamiaa mu. Deɛ ɛtoa ne so na Hanania, nnufrafoɔ ba no miamiaa mu, na wɔmaa Yerusalem yɛɛ den de kɔsii ɔfasuo tɛtrɛtɛ no so. Wɔn nkyɛn mu na Hur ba Refaia, Yerusalem fa so safohene, miamiaa mu. Deɛ ɛtoa wɔn so mu na Harumaf ba Yedaia miamiaa ne fie ntentensoɔ deɛ no mu. Deɛ ɛtoa ne so mu na Hasabneia ba Hatus miamiaa mu. Esini bi nso na Harim ba Malkia ne Pahat-Moab ba Hasub miamiaa mu, ne afononoo abantenten no nso. Deɛ ɛtoa ne so na Halohes ba Salum, Yerusalem fa so safohene, miamiaa mu, ɔno ne ne mmammaa. Bonhwa Pono no, Hanum ne Sanoafoɔ miamiaa mu, wɔn na wɔtoeɛ na wɔsisii ano apono, ne mpratwom ne n’adaban, na wɔtoo ɔfasuo no basafa ahanum de kɔsii Sumina Pono ano. Sumina pono no deɛ, Rekab ba Malkia, Bet-hakerem ɔmansin no so safohene, na ɔmiamiaa mu, ɔno na ɔtoeɛ, na ɔkataa soɔ, na ɔsisii ano apono, ne mpratwom ne n’adaban. Na Nsutire Pono no, Kol-hose ba Salum Mispa abupɛn no so safohene, na ɔmiamiaa mu, ɔno na ɔtoeɛ na ɔkataa soɔ na ɔsisii ano apono, ne mpratwom ne n’adaban. Ɔtoo nsuka ho fasuo nso, ɔhene turo no ho de kɔsii ntwedeɛ a ɛsiane firi Dawid kuro mu no ho. Ɔno so na Asbuk ba Nehemia, Betsur ɔmansin fa so safohene, bɛtoa miamiaa mu de kɔsii Dawid adamena ntentensoɔ ne ɔtareɛ a wɔyɛeɛ no ho ara de kɔsii nnɔmmanin fie. Ɔno so na Lewifoɔ no, Bani ba Rehum bɛtoa miamiaa mu. Deɛ ɛtoa ne so na Hasabia, Keila abupɛn fa so safohene, miamiaa mu maa ne mansini. Ɔno so na wɔn nuanom Henadad ba Bawai, Keila ɔmansin fa so safohene, bɛtoaa so miamiaa mu. Deɛ ɛtoa ne so na Yesua ba Eser, Mispa safohene, miamiaa esini a ɛka ho no mu, kokoam amiadeɛ dan ntwedeɛ no ntentensoɔ. Ɔno so na Sabai ba Baruk bɛtoa bɔɔ mmɔden miamiaa esini a ɛka ho no mu firi ntweaso no ho de kɔsii Ɔsɔfo panin Eliasib fie pono ano. Ɔno so na Hakos ba Uria ba Meremot bɛtoa miamiaa esini a ɛtɔ so mmienu no mu de firi Eliasib fie pono ano kɔsii Eliasib fie awieeɛ nohoa. Ɔno so na asɔfoɔ no, Yordan nsunoafoɔ no, bɛtoaa so miamiaa mu. Wɔn so na Benyamin ne Hasub bɛtoaeɛ wɔn fie ntentensoɔ. Wɔn so na Anania ba Maaseia ba Asaria bɛtoaeɛ wɔ ne fie ho. Ɔno so na Henadad ba Binui bɛtoaeɛ miamiaa esini a ɛka ho no mu de, firi Asaria fie no ho kɔsii kokoa no mu ne ntweaso no ho. Usai ba Palal dii ntweaso no ne abantenten a ɛtene firi atifi ahemfie nneduafoɔ abannwa ho no ntentensoɔ. Ɔno so na Paros ba Pedaia diiɛ. Na nsɔfokwaa no tenaa Ofel de kɔsii Nsuo Pono no ntentensoɔ apueeɛ, ne abantenten a ɛfiri adie no fam. Ɔno so na Tekoafoɔ no bɛtoaeɛ miamiaa esini a ɛtɔ so mmienu mu abantenten kɛseɛ a ɛfiri adie no ntentensoɔ kɔsii Ofel fasuo no ho. Ɛfiri Apɔnkɔ Pono ano na asɔfoɔ no miamiaa deɛ ɛwɔ wɔn afie ntentensoɔ mu. Wɔn so na Imer ba Sadok bɛtoaɛ ne fie ntentensoɔ. Ɔno so na Sekania ba Semaia, Apueeɛ Pono ano hwɛfoɔ no, bɛtoaeɛ. Ɔno so na Selemia ba Hanania ne Hanun a ɔyɛ Salaf ba a ɔtɔ so nsia no, bɛtoaeɛ miamiaa esini a ɛtɔ so mmienu no mu. Ɔno so na Berekia ba Mesulam bɛtoaeɛ ne pia ntentensoɔ. Ɔno so na Malkia, sika dwumfoɔ ba no, bɛtoaeɛ kɔsii nsɔfokwaa ne adwadifoɔ no fie, Badwa Pono no ntentensoɔ kɔsii ntweaso abansoro dan no ho. Na ntweaso abansoro dan no ne Nnwan Pono no ntam no, sika adwumfoɔ ne adwadifoɔ na wɔmiamiaa mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasuo no, ne bo hurui na ɔnyaa abufuo pii pa ara, na ɔdii Yudafoɔ no ho fɛw. Na ɔkaa no ne nuanom ne Samaria dɔm no anim sɛ: Ɛdeɛn na Yudafoɔ bɛtɛbɛtɛɛfoɔ yi reyɛ yi? Wɔbɛsiesie nnoɔma? Wɔbɛbɔ afɔdeɛ? Wɔbɛwie no da koro? Wɔbɛnyanenyane aboɔ no afiri nkunkumaboɔ akuakuo a ahyehyeɛ no mu? Na Amonni Tobia a ɔgyina ne nkyɛn no kaa sɛ: Deɛ wɔretoɔ yi mpo, sɛ sakraman foro a, ɔbɛbu wɔn aboɔ fasuo no. Tie, yɛn Nyankopɔn, sɛ yɛabɔ adapaa, na dane wɔn ahohora bua wɔn atifi, na fa wɔn yɛ asadeɛ nnommumfa asase so, na nkata wɔn amumuyɛ so, na wɔn bɔne nso, mma wɔmmpepa no w’anim, na wɔafu wo bo abantofoɔ no anim. Na yɛtoo ɔfasuo no, na wɔtoatoaa ɔfasuo no nyinaa so kɔduruu ne fa so, ɛfiri sɛ, na ɔman no wɔ adwene pa ma adwuma no. Na Sanbalat ne Tobia ne Arabfoɔ ne Amonfoɔ ne Asdodfoɔ no tee sɛ wɔretoatoa Yerusalem afasuo no ahyia, na wɔafiri aseɛ retuatua ntokuro no, wɔn bo fuu sɛ, na wɔn nyinaa kɔɔ apam yɛɛ baako sɛ wɔne Yerusalem rebɛko, na wɔayɛ no sakasaka. Na yɛbɔɔ yɛn Nyankopɔn mpaeɛ, na wɔn nti, yɛsisii awɛmfoɔ awia ne anadwo, wɔn anim. Na Yuda kaa sɛ: Nnesoasoafoɔ no ahoɔden so ahwan, nkunkumaboɔ no nso dɔɔso, enti yɛrentumi nto ɔfasuo no. Na yɛn ahohiahiafoɔ no kaa sɛ: Mommma wɔnnte na wɔnnhunu kɔsi sɛ yɛbɛduru wɔn mu akunkum wɔn ama adwuma no to atwa. Na ɛbaa sɛ, Yudafoɔ a wɔtete wɔn ho no firi nkuro no nyinaa mu bɛka kyerɛɛ yɛn bɛyɛ mprɛdu sɛ: Wɔrepam yɛn ho apam bɔne. Ɛnna mede nnipa sisii aseɛ aseɛ hɔnom, ɔfasuo no akyi, deɛ ɛhɔ deda hɔ no, na mede ɔman no sisii sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, wɔkurakura wɔn nkrantɛ ne wɔn mpea ne wɔn tadua. Na mekɔhwɛe, na mesɔree, na mesee mmakoma ne mpanimfoɔ ne ɔman no nkaeɛ sɛ: Monnsuro wɔn, AWURADE kɛseɛ a ne ho yɛ hu no mmom na monkae no, na monko mma mo nuanom ne mo mmammarima ne mo mmammaa ne mo yerenom ne mo afie. Na yɛn atamfoɔ no tee sɛ wɔabɛka akyerɛ yɛn no, Onyankopɔn maa wɔn agyina no yɛɛ ɔkwa. Na yɛn nyinaa sane baa ɔfasuo no ho, bɛtoaa yɛn adwuma so. Na ɛfiri da no, me mmeranteɛ fa fraa mu yɛɛ adwuma, na wɔn mu fa nso kurakuraa mpea ne akyɛm ne tadua wɔn amiadeɛ mu, na asafohene no gyinaa Yuda fie nyinaa akyi. Wɔn a wɔtotoo ɔfasuo no ne wɔn a wɔsoso nnesoa ne wɔn a wɔsoasoaa wɔn no, wɔde nsa baako reyɛ adwuma, na wɔde baako kura akodeɛ mu. Na wɔn a wɔtoɔ no nyinaa bobɔ wɔn nkrantɛ wɔ wɔn asene na na wɔde retoɔ. Na ntotorobɛntohyɛnfoɔ wɔ me nkyɛn. Na mesee mmapɔmma ne mpanimfoɔ ne ɔman no nkaeɛ sɛ: Adwuma no dɔɔso, na emu trɛ na yɛn nso yɛapaepae yɛn mu ɔfasuo no so, onipa ne ne yɔnko ntam ware. Enti baabiara a mobɛte totorobɛnto nka no, ɛhɔ na mommoa mo ano mmɛhyia yɛn nkyɛn, yɛn Nyankopɔn bɛko ama yɛn. Saa na yɛyɛɛ adwuma. Na wɔn mu fa kurakuraa mpea firi adekyeeɛ kɔsi sɛ nsoromma pue. Nso berɛ no ara mu no, mesee ɔman no sɛ: Onipa biara ne ne somfo nna Yerusalem, na wɔnyɛ yɛn awɛmfoɔ anadwo ne adwumayɛfoɔ awia. Na me ne me nuanom ne m’asomfoɔ ne awɛmfoɔ a wɔdi m’akyire no, yɛanyiyi yɛn ntadeɛ, obiara kura n’akodeɛ wɔ ne nsa nifa mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔman no ne wɔn yerenom nteamu kɛseɛ sɔre tiaa wɔn nuanom Yudafoɔ no, na ebinom wɔ hɔ a wɔkaa sɛ: Yɛne yɛn mmammarima ne yɛn mmammaa no, yɛdɔɔso, na momma yɛnkɔpɛ aduane nni na yɛnnya nkwa. Na ebinom nso se: Yɛde yɛn mfuo ne yɛn bobe nturo ne yɛn afie resisi nwowa apɛ ɛkɔm ano aduane. Na ebinom wɔ hɔ a wɔkaa sɛ: Yɛafɛm sika de ayi ɔhene toɔ, yɛn mfuo ne yɛn bobe nturo no ho. Na afei yɛn honam te sɛ yɛn nuanom honam, yɛn mma te sɛ wɔn mma, na hwɛ, yɛn deɛ, yɛrebrɛ yɛn mmammarima ne yɛn mmammaa ase de wɔn ayeyɛ nkoa, na yɛn mmammaa mu binom wɔ hɔ a wɔanya abrɛ wɔn ase saa, na ahoɔden biara nni yɛn nsam, na yɛn mfuo ne yɛn bobe nturo yɛ afoforɔ dea. Na metee wɔn nteamu ne nsɛm yi no, me bo fuu pa ara. Na me ne me ho tuu agyina, na me ne mmapɔmma ne mpanimfoɔ no hamee, na mesee wɔn sɛ: Mfɛntom na mogyegye mo nuanom hɔ! Na mebɔɔ wɔn so dwa kɛseɛ, na mesee wɔn sɛ: Yɛn deɛ, yɛagye yɛn nuanom Yudafoɔ a wɔtontɔnee wɔn maa amanaman no, sɛdeɛ ɛwɔ yɛn nsam no, na mo nso, mobɛtontɔn mo nuanom, na wɔntontɔn wɔn ho mma yɛn anaa? Na wɔyeyɛɛ komm, na na wɔnhunu asɛm a wɔde bɛbua. Na mekaa sɛ: Asɛm a moredie yi nyɛ, ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn no suro mu na ɛsɛ sɛ monanteɛ, amanaman a wɔyɛ yɛn atamfoɔ no nsopa no nti? Na me nso, me nuanom ne m’asomfoɔ, yɛafɛm wɔn sika ne aduane, momma yɛmfa ka yi nkyɛ. Ɛnnɛ ara monnane wɔn mfuo ne wɔn bobe nturo ne wɔn ngo nnua ne wɔn afie mma wɔn, ne sika ne aduane ne nsa ne ngo no ha mu abupɛn a mogyee no wɔn hɔ yɛɛ mfɛntom no. Ɛnna wɔse: Yɛbɛdane ama, na yɛrenhwehwɛ wɔn hɔ biribiara. Yɛbɛyɛ saa, sɛdeɛ woaka no. Na mefrɛɛ asɔfoɔ no mebae, na memaa wɔkekaa ntam sɛ wɔbɛyɛ no sɛdeɛ asɛm yi teɛ. Meporeporee me kokom nso na mekaa sɛ: Sei ara na Onyankopɔn bɛporepore onipa biara a ɔmma asɛm yi ntim no afiri ne fie ne n’adwuma mu, na sei ara na wɔbɛporepore no na wayɛ onipahunu. Na badwa no nyinaa kaa sɛ: Amen. Na wɔyii AWURADE ayɛ. Na ɔman no dii asɛm yi so. Nso ɛfiri da a wɔde me yɛɛ Yuda asase so amrado no, ɛfiri Ɔhene Artasasta afe a ɛtɔ so aduonu kɔsi afe a ɛtɔ so aduasa mmienu soɔ no, mfeɛ dummienu, me ne me nuanom anni amrado aduane. Na akane amradofoɔ a wɔdii m’anim no yɛɛ ɔman no so adesoa, na wɔgyegyee wɔn hɔ aduane ne nsa, ɛsono dwetɛ nnwetɛbena aduanan nso. Wɔn asomfoɔ nso homm ɔman no so. Na me deɛ, Nyankopɔn ho suro nti, manyɛ saa. Na ɔfasuo yi ho adwuma no nso, mesɔɔ mu, na yɛannye asase biara mpo, na m’asomfoɔ nyinaa ano bɛboae wɔ adwuma no ho. Na Yudafoɔ ne mpanimfoɔ no mu ɔha aduonum ne wɔn a wɔfifiri yɛn ho amanaman mu ba yɛn nkyɛn no didii me pono so. Na deɛ wɔnoa da koro nie: Nantwinini baako ne nnwan a wɔadɔ nsia, na ntakraboa na wɔsiesie ma me, na dadu mu prɛko, nsa ahodoɔ bebree bu so. Nanso yei mu no, mammisa amrado aduane, ɛfiri sɛ na ɔsom no yɛ duru wɔ ɔman no so. Ao, Me Nyankopɔn, mesrɛ wo, kae ma me yiedie wɔ deɛ ɔman yi nti meyɛeɛ no nyinaa ho.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Sanbalat, Tobia, Arabni Gesem ne yɛn atamfoɔ nkaeɛ no tee sɛ mato ɔfasuo no na tokuro biara nni mu bio no, (nanso berɛ no mu na mensisii apono no, kuro apono no ano), Sanbalat ne Gesem soma maa wɔbaa me nkyɛn sɛ: Bra ma yɛnhyia wɔ nkuraa a ɛwɔ Ono Asasetatraa no mu. Na wɔn deɛ, bɔne na wɔredwene no me ho. Na mesomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Adwuma kɛseɛ na mereyɛ yi, na merentumi mensiane memma. Ɛdeɛn nti na adwuma no nna hɔ na mennya no hɔ nsiane mmra mo nkyɛn? Na wɔsoma maa wɔbaa me nkyɛn saa ara mprɛnnan, na mebuaa wɔn saa ara. Ɛnna Sanbalat somaa ne somfoɔ maa no baa me nkyɛn deɛ ɛtɔ so nnum, na nwoma a ano da hɔ kura ne nsam. Wɔatwerɛ no emu sɛ: Wɔkeka no amanaman mu, na Gasmu ka sɛ wo ne Yudafoɔ redwene atuateɛ, ɛno nti na woreto ɔfasuo no yi, na wo nso worepɛ ɔhene adi, sɛdeɛ nsɛm yi teɛ no. Nanso woahyehyɛ adiyifoɔ a wɔbɛpae wo ho asɛm wɔ Yerusalem sɛ: Ɔhene bi wɔ Yuda. Na afei ɔhene aso bɛte no sɛdeɛ nsɛm yi teɛ. Na afei bra na yɛnhyia ntu agyina. Ɛnna mesoma maa wɔkɔɔ ne nkyɛn sɛ: Wɔnyɛɛ biribi sɛ nsɛm a woreka yi, na ɛyɛ bɔtirimuka. Na wɔn nyinaa, ehu nko ara na na wɔyi yɛn sɛ: Wɔn nsam bɛgo afiri adwuma no ho, na wɔanyɛ. Na afei, Onyankopɔn hyɛ me nsam den. Na mekɔɔ Mehetabel ba Delaia ba Semaia fie, na ɔno deɛ, na wato ne ho pono mu. Na ɔkaa sɛ: Ma yɛnhyia Nyankopɔn fie asɔredan no mu, na yɛntoto asɔredan no apono mu, ɛfiri sɛ wɔreba abɛku wo. Anadwo na wɔbɛba abɛku woɔ. Na mese: Ɔbarima a ɔte sɛ me bɛdwane anaa? Na hwan na ɔte sɛ me a ɔbɛhyɛne asɔredan no mu na wanya nkwa? Merenkɔ. Na mekarii, na hwɛ, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no, na nkɔm a ɔhyɛ tiaa me yi, na Tobia ne Sanbalat na abɔ no paa. Deɛ enti a wɔbɔɔ no paa ne sɛ, mensuro na menyɛ saa, na menyɛ bɔne, na wɔanya dimmɔne bi abɔ de asopa me. Me Nyankopɔn, kae Tobia ne Sanbalat sɛdeɛ wɔn nnwuma yi teɛ, ne Odiyifoɔ baa Noadia nso ne adiyifoɔ no a anka wɔrepɛ ayi me hu no. Na wɔde nna aduonum mmienu na wɔwiee ɔfasuo no bosome Elul da a ɛtɔ so aduonu nnum mu. Na yɛn atamfoɔ nyinaa teeɛ no, amanaman a wɔwowɔ yɛn ho no suroe, na wɔtɔɔ sini wɔn ani so sɛ, na wɔhunuu sɛ yɛn Nyankopɔn nkyɛn na wɔfiri bɛyɛɛ adwuma yi. Nso nna no mu no, Yuda mmapɔmma no mu pii manee Tobia nwoma, na Tobia nso deɛ baa wɔn nkyɛn, na Yuda mu nnipa pii asuae akyerɛ no, ɛfiri sɛ Arah ba Sekania ase ne no, na ne ba Yohanan aware Berekia ba Mesulam babaa. Nso wɔbɛkaa ne nnwuma pa wɔ m’anim, na wɔkɔkaa me nsɛm nso kyerɛɛ no. Na nwoma no deɛ, Tobia de manee sɛ ɔde rebɛyi me hu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛbaa sɛ wɔtoo afasuo no, na mesii apono no, wɔhyehyɛɛ apono ano ahwɛfoɔ ne nnwontofoɔ ne Lewifoɔ. Na mede Yerusalem hyɛɛ me nua Hanani ne Hanania, aban no mu safohene no nsa, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ ɔbarima nokwafoɔ a ɔsuro Onyankopɔn sene nnipa bebree, na mesee wɔn sɛ: Mommma wɔnnhini Yerusalem apono gye sɛ owia mu ayɛ den ansa. Na wɔda so gyina hɔ no wɔnkeka apono no ntoto mu, na montoto akyire. Na momfa Yerusalemfoɔ awɛmfoɔ nsisi hɔ, onipa biara nnyina ne wɛn so, ne fie ntentensoɔ. Na na kuro no mu bae tɛtrɛtɛɛ na ɛso, na nnipa a wɔwɔ mu no sua, na adan no nso, na wɔnsisii. Na me Nyankopɔn de hyɛɛ me tirim mu sɛ memmoa mmapɔmma ne mpanimfoɔ ne ɔman no ano na wɔnkan wɔn, wɔn mmusua so. Na mehunuu wɔn a wɔforo baa kane no ho mmusua nkaneeɛ nwoma, na mehunuu sɛ wɔatwerɛ mu sɛ: Yeinom ne ɔmantam no mufoɔ a wɔfiri nnommum a Babelhene Nebukadnessar de wɔn kɔeɛ no mu foro baeɛ na wɔsane baa Yerusalem ne Yuda wɔn nkuro mu. Wɔne Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum, Baana na ɛbaeɛ. Israel man mu mmarima dodoɔ nie: Paros mma: Mpennu ɔha aduɔson mmienu. Sefatia mma: Ahasa aduɔson mmienu. Arah mma: Ahansia aduonum mmienu. Pahat-Moab mma: Yesua ne Yoab mma deɛ: Mpennu ahanwɔtwe ne dunwɔtwe. Elam mma: Apem ahanu aduonum nnan. Satu mma: Ahanwɔtwe aduanan nnum. Sakai mma: Ahanson aduosia. Binui mma: Ahansia aduanan nwɔtwe. Bebai mma: Ahansia aduonu nwɔtwe. Asgad mma: Mpennu ahasa aduonu mmienu. Adonikam mma: Ahansia aduosia nson. Bigwai mma: Mpennu aduosia nson. Adin mma: Ahansia aduonum nnum. Ater mma: Hesekia deɛ, aduɔkron nwɔtwe. Hasum mma: Ahasa aduonu nwɔtwe. Besai mma: Ahasa aduonu nnan. Harif mma: Ɔha ne dummienu. Gibeon mma: Aduɔkron nnum. Betlehem ne Netofa mmarima: Ɔha aduɔwɔtwe nwɔtwe. Anatot mmarima: Ɔha aduonu nwɔtwe. Bet-asmawet mmarima: Aduanan mmienu. Kiriat-yearim, Kefira ne Beerot mmarima: Ahanson aduanan mmiɛnsa. Rama ne Geba mmarima: Ahansia aduonu baako. Mikmas mmarima, ɔha aduonu mmienu. Betel ne Ai mmarima, ɔha aduonu mmiɛnsa. Nebo baako no mmarima: Aduonum mmienu. Elam baako no mma: Apem ahanu aduonum nnan. Harim mma: Ahasa aduonu. Yeriko mma: Ahasa aduanan nnum. Lod, Hadid ne Ono mma: Ahanson aduonu baako. Senaa mma: Mpensa ahankron aduasa. Asɔfoɔ no: Yedaia mma, Yesua fie deɛ: Ahankron aduɔson mmiɛnsa. Imer mma: Apem aduonum mmienu. Pasur mma: Apem ahannu aduanan nson. Harim mma: Apem ne dunson. Lewifoɔ: Yesua mma: Kadmiel deɛ, Hodewa mma deɛ: Aduɔson nnan. Nnwontofoɔ: Asaf mma: Ɔha aduanan nwɔtwe. Apono ano ahwɛfoɔ: Salum mma, Ater mma, Talmon mma, Akub mma, Hatita mma, Sobai mma: Ɔha aduasa nwɔtwe. Nsɔfokwaa: Siha mma, Hasufa mma, Tabaot mma, Keros mma, Sia mma, Padon mma, Lebana mma, Hagaba mma, Salmai mma, Hanan mma, Gidel mma, Gahar mma, Reaia mma, Resin mma, Nekoda mma, Gasam mma, Usa mma, Pasea mma, Besai mma, Meunim mma, Nefusesim mma, Bakbuk mma, Hakufa mma, Harhur mma, Baslit mma, Mehida mma, Harsa mma, Barkos mma, Sisera mma, Tema mma, Nesia mma, Hatifa mma. Salomo nkoa mma: Sotai mma, Soferet mma, Perida mma, Yala mma, Darkon mma, Gidel mma, Sefatia mma, Hatil mma, Pokeret- hasebaim mma, Amon mma. Nsɔfokwaa ne Salomo nkoa mma no nyinaa: Ahasa aduɔkron mmienu. Na yeinom ne wɔn a wɔfiri Tel-mela, Tel-harsa, Kerub, Adon, Imer foro baeɛ, na wɔantumi ankyerɛ wɔn mpanimfie ne wɔn ase sɛ Israel mu na wɔfire. Delaia mma, Tobia mma, Nekoda mma: Ahansia aduanan mmienu. Na asɔfoɔ mu: Habaia mma, Hakos mma, Barsilai (a ɔwaree Gileadni Barsilai mmammaa mu bi, na wɔde wɔn din too ne mma), yeinom hwehwɛɛ wɔn mmusua atwerɛ, na wɔanhunu. Na wɔbuu wɔn sɛ wɔn ho nteɛ nti, wɔyii wɔn firii asɔfodie mu. Na amrado no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnni akronkronneɛ mu adekronkron no bi kɔsi sɛ ɔsɔfoɔ bi de Urim ne Tumim bɛkyerɛ. Badwa mu no nyinaa ano si mpem aduanan mmienu ne ahasa aduosia, ɛsono wɔn nkoa ne wɔn mfenaa, wɔn nso wɔyɛ mpemnson ahasa aduasa nson. Na wɔwɔ nnwontofoɔ mmarima ne mmaa ahanu aduanan nnum. Wɔn apɔnkɔ yɛ ahanson aduasa nsia, wɔn mfunumupɔnkɔ, ahanu aduanan nnum. Yoma: Ahanan aduasa nnum. Mfunumu: Mpemnsia ahanson aduonu. Na agyanom atitire no mu fa bi bɛkyɛɛ adwuma no ho adeɛ: Amrado no maa sika nsuruboaa apem, nkoraa aduonum, asɔfotadeɛ ahanum ne aduasa, sɛ wɔmfa ngu akoradeɛ no mu. Na agyanom atitire no mu binom maa adwuma no ho akoradeɛ sika nsuruboaa mpemaduonu ne dwetɛ mmɛnaa mpennu ahanu. Deɛ ɔman no nkaeɛ no maeɛ ne sika nsuruboaa mpemaduonu ne dwetɛ mmɛnaa mpennu ne asɔfotadeɛ aduosia nson. Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ ne nnwontofoɔ no ne ɔman no mu bi ne nsɔfokwaa no ne Israel nyinaa tenatenaa wɔn nkuro mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na bosome a ɛtɔ so nson no duruiɛ, na Israelfoɔ no wowɔ wɔn nkuro mu no. Na ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ano, hyiaa sɛ onipa baako wɔ mpraeɛ a ɛwɔ nsuo pono no anim no so, na wɔka kyerɛɛ Ɔtwerɛfoɔ Esra sɛ ɔmfa Mose mmara a AWURADE hyɛɛ Israel no nwoma mmra. Na Ɔsɔfoɔ Esra de mmara no baa badwa a mmarima ne mmaa ne obiara a ɔbɛtumi atie ate aseɛ no wɔ mu no anim, bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan. Na ɔkenkanee wɔ mpraeɛ a ɛwɔ nsuo pono anim no so firi anɔpa kɔsii awigyina, mmarima ne mmaa ne wɔn a wɔbɛtumi ate aseɛ no anim. Na ɔman no nyinaa yɛɛ aso tiee mmara nwoma no mu nsɛm no. Na Ɔtwerɛfoɔ Esra gyinaa ɛsɛ a wɔde dua ayɛ a ɛkorɔn, a asɛm no nti wɔyɛeɛ no so. Na Matitia, Sema, Anaia, Uria, Hilkia ne Maaseia gyinagyina ne nkyɛn, ne nifa so, na ne benkum nso Pedaia, Misael, Malkia, Hasum, Hasbadana, Sakaria ne Mesulam. Na Esra buee nwoma no mu ɔman no nyinaa anim, na ɔboro ɔman no nyinaa so. Na ɔbuee mu no, ɔman no nyinaa sɔre gyinagyinae. Na Esra hyiraa AWURADE, Onyankopɔn kɛseɛ no. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ: Amen, Amen! Na wɔmemaa wɔn nsa so; na wɔkoto sɔree AWURADE de wɔn anim butubutuu fam. Na Yesua ne Bani ne Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan, Pelaia ne Lewifoɔ no maa ɔman no hunuu mmara no mu. Na ɔman no gyinagyinaa wɔn agyinaeɛ. Na wɔkenkann Nyankopɔn mmara nwoma no kofee, na wɔkyerɛɛ aseɛ maa wɔtee ne kenkan no ase. Na Nehemia a ɔne amrado no ne Ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ no ne Lewifoɔ a wɔkyerɛkyerɛɛ ɔman no ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma AWURADE mo Nyankopɔn. Monnni abooboo, na monnsu nso. Na ɔman no nyinaa tee mmara nsɛm no no, na wɔresu. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔdi sradenam na monnom nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ, na momfa ebi nkɔma wɔn a wɔnsiesiee ebi mmaa wɔn no, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma yɛn AWURADE. Na mommma mo werɛ nnho mo ho, na AWURADE anigyeɛ ne mo ahoɔden. Na Lewifoɔ no maa ɔman no nyinaa yɛɛ komm sɛ: Monyɛ dinn, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron, na mommma mo werɛ nnho mo ho. Ɛnna ɔman no nyinaa kɔ kɔdidiiɛ na wɔnomeeɛ, na wɔde bi kyekyɛe, na wɔnyaa anigyeɛ kɛseɛ pa ara, ɛfiri sɛ wɔtee nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase. Na ɛda a ɛtɔ so mmienu no, ɔman no nyinaa mu agyanom atitire ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no boaboaa wɔn ano bɛhyiaa wɔ Ɔtwerɛfoɔ Esra nkyɛn, sɛ wɔrebɛsua mmara nsɛm no. Na wɔhunuu sɛ wɔatwerɛ no mmara a AWURADE nam Mose so hyɛeɛ no mu, sɛ Israelfoɔ no ntena asese mu bosome a ɛtɔ so nson mu afahyɛ no mu ne sɛ wɔmma wɔnte na wɔmpae nkyini wɔn nkuro nyinaa mu ne Yerusalem sɛ: Momfiri adi nkɔ mmepɔ so nkɔfa ngodua mman ne kranku mman ne ohwannua mman ne berɛ ne nnua kusukusuu mman, na momfa mmɛbobɔ asese sɛdeɛ wɔatwerɛ no. Ɛnna ɔman no firii adi kɔfa baeɛ, na wɔbobɔɔ asese fae, obiara wɔ ne dan atifi ne n’adihɔ, ne Nyankopɔn fie abannwa so, ne Nsuo Pono no ho mpraeɛ so ne Efraim Pono no ho mpraeɛ so. Na wɔn a wɔsane firii nnommumfa mu baeɛ no badwa no nyinaa bobɔɔ asese, na wɔtenatenaa asese no mu. Na na Israelfoɔ nyɛɛ saa da firi Nun ba Yosua berɛ so de bɛsi da no. Na ɛyɛɛ anigyeɛ kɛseɛ pa ara. Nso wɔkenkann Nyankopɔn mmara nwoma no mu daa, firii da a ɛdi kan no so ara de bɛsii da a ɛdi akyire no so. Na wɔdii nnapɔnna nnanson, na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiamu, sɛdeɛ ne yɛbea teɛ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na bosome yi da a ɛtɔ so aduonu nnan no, Israelfoɔ no boaa wɔn ano hyiaa mmuadadie ne ayitoma mu, na wɔatwitwa ntwoma. Na Israelfoɔ no tee wɔn ho firii ananafoɔ mma nyinaa ho, na wɔgyinaa hɔ kekaa wɔn bɔne ne wɔn agyanom amumuyɛ no. Na wɔsɔre gyinagyinaa wɔn gyinabea, na wɔkenkann AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nwoma no mu adekyeeɛ mu nkyɛmu nnan mu baako, na nkyɛmu nnan mu baako nso wɔde kaa wɔn bɔne, na wɔkotoo AWURADE wɔn Nyankopɔn. Na Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani sɔre gyinagyinaa Lewifoɔ simpie no so, na wɔde nne kɛseɛ teaa mu frɛɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn. Na Lewifoɔ no, Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabneia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kaa sɛ: Monsɔre nhyira AWURADE mo Nyankopɔn mfiri daa nkɔsi daa; na wɔnhyira w’animuonyam din a woama so atra nhyira ne ayeyie nyinaa soɔ no. Na Esra kaa sɛ: Wo ara wo nko ne AWURADE, wo na woyɛɛ ɔsoro, ɔsoro mu soro ne wɔn asafo nyinaa, asase ne deɛ ɛwɔ soɔ nyinaa, ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Na wo na wohwɛ wɔn nyinaa so, na ɔsoro asafo no, wo na wɔsɔre woɔ. Wone AWURADE, Onyankopɔn a wofaa Abram na woyii no firii Ur a ɛwɔ Kaldea, na wotoo no din Abraham no. Na wohunuu n’akoma sɛ ɛyɛ nokorɛ wɔ w’anim, na wo ne no pamm sɛ wɔde Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ ne Girgasifoɔ asase bɛma n’asefoɔ. Na woama wo nsɛm no atim, ɛfiri sɛ woyɛ ɔteneneeni. Na wohunuu yɛn agyanom amanehunu wɔ Misraim, na wotiee wɔn sufrɛ Mmɛwa Po ano. Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase sofoɔ nyinaa so, na wohunuu sɛ wɔadi yɛn agyanom so ahantansɛm; na wogyee din sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. Na ɛpo no nso, wopaee mu wɔn anim, maa wɔfaa ɛpo no mu, asase pɛsɛɛ so, na wɔn a wɔtii wɔn no deɛ, wotoo wɔn guu abunu no mu, sɛdeɛ wɔto ɔboɔ twene nsuo a emu dɔ mu. Na wode mununkum dum kyerɛɛ wɔn kwan awia, ne ogya dum nso anadwo, sɛ ɛnhyerɛn mma wɔn, ɔkwan a wɔnam soɔ no so. Nso wosiane baa Sinai bepɔ so, na wofiri soro ne wɔn kasae, na womaa wɔn tenenee atemmudeɛ ne nokorɛ mmara, ahyɛdeɛ ne mmara nsɛm a ɛyɛ. Na womaa wɔhunuu wo home da kronkron no, na wonam w’akoa Mose so hyɛɛ wɔn mmara nsɛm ne ahyɛdeɛ ne mmara. Na wode ɔsoro aduane maa wɔn de kumm wɔn kɔm, na woyii nsuo firii ɔbotan mu maa wɔn de kumm wɔn sukɔm, na woka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmra mmɛdi asase a wokaa wɔn ntam sɛ wode bɛma wɔn no so. Na wɔne yɛn agyanom dii ahantansɛm, na wɔsensenee wɔn kɔn, na wɔantie wo mmara nsɛm. Na wɔampɛ sɛ wɔtie, na wɔankae w’anwanwadeɛ a woyɛɛ no wɔn mu no, na wɔsensenee wɔn kɔn, na wɔsii wɔn so panin sɛ wɔresane akɔ Misraim wɔn anyadie no mu, wɔn atuateɛ no mu. Na wone fakyɛ Nyankopɔn, ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ, woyɛ abufuo mu nyaa, na w’adɔeɛ dɔɔso, na woannya wɔn. Mpo wɔyɛɛ nantwie ba a wɔaguo kaa sɛ: Yei ne wo nyame a ɔkɔyii wo firii Misraim baeɛ no. Na wɔyɛɛ akyiwadeɛ kɛseɛ no, wo deɛ, wo mmɔborɔhunu bebree nti woannya wɔn ɛserɛ no so, mununkum dum no amfiri wɔn so awia, sɛ ɛbɛkyerɛ wɔn kwan, ne ogya dum no nso anadwo, sɛ ɛbɛdɛre ama wɔn akyerɛ wɔn kwan a wɔmfa soɔ. Na wode wo Honhom pa no nso maa sɛ ɔnkyerɛ wɔn nyansa, na wo mana nso woamma no ampa wɔn ano, na nsuo nso womaa wɔn de kumm wɔn sukɔm. Na wohwɛɛ wɔn mfirinhyia aduanan ɛserɛ no so: Anhia wɔn, wɔn ntadeɛ ansunsuane, na wɔn nan anhonhon. Na wode ahennie ne amanaman maa wɔn, na wokyekyɛɛ wɔn mu ntonto so, na wɔfaa Sihon asase, Hesbonhene asase, ne Basanhene Og asase no. Na womaa wɔn mma dɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na wode wɔn baa asase a woka kyerɛɛ wɔn agyanom sɛ wɔbɛba abɛdi soɔ no so. Na wɔn mma no baa so bɛdii asase no so, na wobrɛɛ asase no sofoɔ, Kanaanfoɔ no, ase wɔ wɔn anim, na wode wɔn hyɛɛ wɔn nsa, ne wɔn ahemfo ne asase no so amanaman, sɛ wɔnyɛ wɔn sɛdeɛ wɔpɛ. Na wɔgyegyee nkuro a ɛyɛ den ne asase a adɔ sradeɛ, na wɔnyaa afie a nnepa ayeyɛ no amaama, nsubura a wɔbɔreeɛ, bobe nturo ne ngo nturo ne nnua a wɔdie bebree. Na wɔdii, na wɔmee, na wɔyeyɛɛ akɛseɛ, na wɔn bo tɔɔ wɔn yam, wo papa kɛseɛ no mu. Ɛnna wɔyɛɛ asobrakyeɛ na wɔtee w’anim atua, na wɔtoo wo mmara twenee wɔn akyire, na wɔkunkumm w’adiyifoɔ a wɔdii wɔn adanseɛ sɛ wɔde resane wɔn aba wo nkyɛn no, na wɔyɛɛ abusudeɛ akɛseɛ. Ɛnna wode wɔn hyɛɛ wɔn ahohiahiafoɔ nsa, na wɔhiahiaa wɔn ho. Na wɔn ahohiahia berɛ mu no, wɔsu frɛɛ wo, na wo deɛ, wofiri soro tiee wɔn, na sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu kɛseɛ teɛ no, wode agyefoɔ maa wɔn, na wɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahiafoɔ no nsam. Na wɔnyaa asomdwoeɛ pɛ no, wɔsane kɔyɛɛ w’anim bɔne; na wogyaa wɔn mu de wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ nsa, na wɔdii wɔn so. Ɛnna wɔsane su frɛɛ woɔ; na wo nso wofiri soro tiee wɔn, na woyii wɔn sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu bebree no teɛ, berɛ ahodoɔ no mu. Na wodii wɔn adanseɛ sɛ wobɛsane wɔn aba wo mmara no mu; nanso, wɔdii ahantansɛm, na wɔantie wo mmara nsɛm, na wo atemmudeɛ nso, wɔyɛɛ ho bɔne, nso ɛno na sɛ obi di so a, ɔnya nkwa. Na wɔhimaa wɔn mmati firii ho, na wɔsensenee wɔn kɔn, na wɔantie. Nanso wokuraa wɔn mfeɛ pii, na wode wo honhom nam w’adiyifoɔ so dii wɔn adanseɛ; na wɔantie; ɛnna wode wɔn hyɛɛ nsase no so aman nsa. Nanso wo mmɔborɔhunu bebree nti, woanwie wɔn ase hye, na woannyae wɔn, ɛfiri sɛ Onyankopɔn domfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ ne wo. Na afei, yɛn Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛseɛ, otumfoɔ a wo ho yɛ hu, a wokora apam ne adɔeɛ, mma ɔbrɛ a ato yɛn ne yɛn ahemfo ne yɛn mmapɔmma ne yɛn asɔfoɔ ne yɛn adiyifoɔ ne yɛn agyanom ne wo man nyinaa ara, ɛfiri Asiria ahemfo berɛ so, de bɛsi nnɛ da yi no nyinaa nnyɛ w’anim ketewa. Nanso wotene wɔ deɛ ɛbaa yɛn soɔ no nyinaa mu, na woadi nokorɛ; na yɛn na yɛdi fɔ. Yɛn ahemfo, yɛn mmapɔmma, yɛn asɔfoɔ ne yɛn agyanom anni wo mmara so, nanso wɔantie wo mmara nsɛm ne wo adanseɛ a wodii wɔn no. Nanso wɔn ahennie mu ne wo papa bebree a woyɛɛ wɔn ne asase tɛtrɛɛ a adɔ sradeɛ a wode maa wɔn no, wɔansom wo, na wɔansane amfiri wɔn nneyɛɛ bɔne no mu. Hwɛ, nnɛ yɛyɛ nkoa, na asase a wode maa yɛn agyanom sɛ wɔnni so aba ne ɛso nnepa no, hwɛ, yɛyɛ ɛso nkoa. Na ɛma nnɔbaeɛ pii ma ahemfo a wode wɔn asisi yɛn soɔ, yɛn bɔne mu no, na wɔdi yɛn nipadua so ne yɛn mmoa so sɛdeɛ wɔpɛ, na yɛwɔ ahohiahia kɛseɛ mu. Na yei nyinaa nti, yɛrepam nokorɛ apam, na yɛretwerɛ, na yɛn mmapɔmma, yɛn Lewifoɔ ne yɛn asɔfoɔ asɔ ano.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na wɔn a wɔsɔɔ ano ne: Amrado Nehemia, Hakalia ba, ne Sedekia, Seraia, Asaria, Yeremia, Pasur, Amaria, Malkia, Hatus, Sebania, Maluk, Harim, Meremot, Obadia, Daniel, Gineton, Baruk, Mesulam, Abia, Miyamin, Maasia, Bilgai, Semaia; yeinom ne asɔfoɔ no; ne Lewifoɔ: Asania ba Yesua, Binui a ɔfiri Henadad mma mu, Kadmiel, ne wɔn nuanom: Sebania, Hodia, Kelita, Pelaia, Hanan, Mika, Rehob, Hasabia, Sakur, Serebia, Sebania, Hodia, Bani, Beninu; ɔman no atitire: Paros, Pahat-Moab, Elam, Satu, Bani, Buni, Asgad, Bebai, Adoniya, Bigwai, Adin, Ater, Hesekia, Asur, Hodia, Hasum, Besai, Harif, Anatot, Nebai, Magpias, Mesulam, Hesir, Mesesabel, Sadok, Yadua, Pelatia, Hanan, Anaia, Hosea, Hanania, Hasub, Halohes, Pilha, Sobek, Rehum, Hasabna, Maaseia, Ahia, Hanan, Anan, Maluk, Harim, Baana. Na ɔman no nkaeɛ, asɔfoɔ, Lewifoɔ, apono ano ahwɛfoɔ, nnwontofoɔ, nsɔfokwaa ne wɔn a wɔtee wɔn ho firii nsase no so aman ho baa Nyankopɔn mmara ho no, wɔn yerenom, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa, animdefoɔ ne nhunumufoɔ nyinaa, wɔbataa wɔn nuanom a wɔwɔ din no ho, na wɔdomedomee wɔn ho na wɔkekaa ntam sɛ wɔbɛdi Nyankopɔn mmara a wɔnam Nyankopɔn akoa Mose so hyɛeɛ no so, na wɔbɛhwɛ na wɔayɛ AWURADE yɛn wura mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ ne n’ahyɛdeɛ nyinaa; ne sɛ yɛremfa yɛn mmammaa mma asase no sofoɔ, nanso yɛremfa wɔn mmammaa mma yɛn mmammarima. Na sɛ asase no sofoɔ de adetɔnneɛ anaa aduane biara ba bɛtɔn no homeda a, yɛrentɔ mfiri wɔn hɔ homeda anaa da kronkron biara mu. Na yɛbɛgya afe a ɛtɔ so nson no mu nnɔbaeɛ, na yɛrennan ka biara. Afei yɛhyɛ yɛn ho mmara sɛ, yɛde nnwetɛbena nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛma daa afe, na wɔde ama yɛn Nyankopɔn fie som no; ama kyerɛ paanoo ne daa aduane afɔdeɛ ne daa hyeɛ afɔdeɛ, home nna deɛ, bosome foforɔ deɛ, ama afahyɛ ne akronkronneɛ ne bɔne ho afɔdeɛ, sɛ wɔmfa mpata mma Israel ne yɛn Nyankopɔn fie adwuma nyinaa. Nanso yɛtwee nnyina ayɛyɛdeɛ ho ntonto, asɔfoɔ, Lewifoɔ ne ɔman no, sɛ wɔmfa mmra yɛn Nyankopɔn fie, sɛdeɛ yɛn mpanimfie teɛ, afe afe mu, berɛ a wɔahyehyɛ mu, na wɔasɔ no AWURADE yɛn Nyankopɔn afɔrebukyia no so, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu no. Na yɛhyɛɛ sɛ yɛde yɛn asase so aduanekan ne nnua nyinaa aba a ɛdi kan bɛba AWURADE fie daa afe, na yɛde yɛn mmammarima ne yɛn mmoa mmakan nso, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu no, ne yɛn anantwie ne yɛn nnwan mmakan bɛba yɛn Nyankopɔn fie de abrɛ asɔfoɔ a wɔsom yɛn Nyankopɔn fie no, na yɛde yɛn mmɔrekan ne yɛn mmasoɔ afɔrebɔdeɛ ne nnua nyinaa aba ne nsa ne ngo nso bɛba de abrɛ asɔfoɔ no, sɛ wɔmfa ngu yɛn Nyankopɔn fie mpia no mu, na yɛde yɛn asase so ntotosoɔ du du bɛma Lewifoɔ no, na Lewifoɔ no anya ntotosoɔ du du, nkuraaseɛ nyinaa mu. Na ɔsɔfoɔ, Aaron ba, nka Lewifoɔ no ho berɛ a Lewifoɔ no regye ntotosoɔ du du no, na Lewifoɔ no mfa ntotosoɔ du du no mu deɛ ɛtɔ so du no mmra yɛn Nyankopɔn fie, na wɔmfa ngu adekoradan mpia no mu. Na Israelfoɔ ne Lewifoɔ no nyinaa mfa aduane ne nsa ne ngo mmasoɔ afɔrebɔdeɛ mmra mpia no mu, na ɛhɔ na kronkronbea nnwinneɛ ne asɔfoɔ a wɔsom ne apono ano ahwɛfoɔ ne nnwontofoɔ no wɔ; na yɛrennya yɛn Nyankopɔn fie no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔman no akannifoɔ no te Yerusalem; na ɔman no nkaeɛ twee ntonto sɛ wɔde nnipa du mu baako bɛtena Yerusalem, kuro kronkron no mu, na baakron atenatena nkuro mu. Na ɔman no hyiraa mmarima a wɔyii wɔn yam sɛ wɔrebɛtena Yerusalem no nyinaa. Na ɔmantam no so atitire a wɔtenaa Yerusalem no nie: Nso Yuda nkuro no mu deɛ, wɔn nyinaa tenatenaa wɔn agyapadeɛ so wɔ wɔn nkuro mu. Israel yɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne nsɔfokwaa ne Salomo nkoa mma no. Na Yerusalem deɛ, Yuda mma no bi ne Benyamin mma no bi tenaa hɔ. Yuda mma no mu: Usia ba Ataia, Sakaria ba, Amaria ba, Sefatia ba, Mahalalel ba a ɔfiri Peres mma no mu. Ne Baruk ba Maaseia, Kol- hose ba, Hasaia ba, Adaia ba, Yoiarib ba, Sakaria ba, Siloni ba. Peres mma a wɔtenaa Yerusalem nyinaa yɛ ahanan aduosia nwɔtwe, mmarima a wɔtumi wɔn ho. Na Benyamin mma nie: Mesulam ba Salu, Yoed ba, Pedaia ba, Kolaia ba, Maaseia ba, Itiel ba, Yesaia ba; na n’akyiri no: Gabai, Salai: Ahankron aduonu nwɔtwe. Na Sikri ba Yoel ne wɔn so hwɛfoɔ; na Senua ba Yuda di kuro no fa a ɛtɔ so mmienu no so. Asɔfoɔ mu: Yoiarib ba Yedaia, Yakin; Hilkia ba Seraia, Mesulam ba, Sadok ba, Meraiot ba, Ahitub ba a ɔyɛ Nyankopɔn fie panin; ne wɔn nuanom a wɔyɛ efie no mu adwuma no, ahanwɔtwe aduonu mmienu; ne Yeroham ba Adaia, Pelalia ba, Amsi ba, Sakaria ba, Pasur ba, Malkia ba, ne ne nuanom, agyanom so atitire, ahanu aduanan mmienu. Ne Asarel ba Amasai, Ahsai ba, Mesilemot ba, Imer ba, ne wɔn nuanom, mmarima a wɔtumi wɔn ho: Ɔha aduonu nwɔtwe; na wɔn so hwɛfoɔ ne Hagedolim ba Sabdiel. Lewifoɔ mu nso: Hasub ba Semaia, Asrikam ba, Hasabia ba, Buni ba ne Sabetai ne Yosabad, wɔdi Nyankopɔn fie anihumafoɔ so, wɔfiri Lewifoɔ atitire no mu; ne Mika ba Matania, Sabdi ba, Asaf ba, otitire a ɔfiri aseda dwom ase mpaebɔ mu, ne Bakbukia a ɔdi hɔ ne nuanom mu, ne Samua ba Abda, Galal ba, Yedutun ba. Lewifoɔ a wɔwɔ kuro kronkron no mu no nyinaa ano si ahanu aduɔwɔtwe nnan. Na apono ano ahwɛfoɔ no: Akub, Talmon ne wɔn nuanom a wɔwɛn apono ano no: Ɔha aduɔson mmienu. Na Israel nkaeɛ no, asɔfoɔ no, Lewifoɔ no wɔ Yuda nkuro mu tete wɔn agyapadeɛ so. Na nsɔfokwaa no tenaa Ofel. Na Siha ne Gispa di nsɔfokwaa no so. Na Lewifoɔ a na wɔte Yerusalem no so hwɛfoɔ ne Bani ba Usi, Hasabia ba, Matania ba, Mika ba, Asaf mma no mu nnwontofoɔ wɔ hɔ ma Nyankopɔn fie adwuma no. Na ɔhene mmara nsɛm wɔ wɔn ho, na wɔahyɛ kyɛfa bi ama nnwontofoɔ no, da biara ne ne deɛ. Na Mesesabel ba Petahia a ɔfiri Yuda ba Sera mma mu no hyɛ ɔhene ase ɔman no ho asɛm nyinaa mu. Na wɔn adɔsase so nkuraa no deɛ, Yudafoɔ no mu bi tenatenaa Kiriat-arba ne ɛho nkurowa mu, ne Dibon ne ɛho nkurowa mu, ne Yekabseel ne ɛho nkuraa mu, ne Yesua ne Molada ne Bet-pelet, ne Hasar-sual ne Beer-seba ne ɛho nkurowa mu, ne Siklag ne Mekona ne ɛho nkurowa mu, ne En-rimon, ne Sora, ne Yarmut, Sanoa, Adulam ne wɔn nkuraa mu, Lakis ne ɛho mfofowa so, Aseka ne ɛho nkurowa mu, na wɔtenatenaa firi Beer-seba kɔsii Hinom bonhwa mu. Na Benyamin mma a wɔfiri Geba no tenaa Mikmas ne Aia ne Betel ne ɛho nkurowa mu, Anatot, Nob, Anania, Hasor, Rama, Gitaim, Hadid, Seboim, Nebalat, Lod ne Ono, adwumfoɔ tenaa bonhwa mu. Na Lewifoɔ no mu nkyekyɛmu a wɔyɛ Yuda deɛ no bi fraa Benyamin mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yeinom ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔne Sealtiel ba Serubabel ne Yesua foro baeɛ no: Seraia, Yeremia, Esra, Amaria, Maluk, Hatus, Sekania, Rehum, Meremot, Ido, Ginetoi, Abia, Miamin, Maadia, Bilga, Semaia, Yoiarib, Yedaia, Salu, Amok, Hilkia, Yedaia. Yeinom ne asɔfoɔ no ne wɔn nuanom atitire, Yesua berɛ so. Na Lewifoɔ no: Yesua, Binui, Kadmiel, Serebia, Yuda, Matania a ɔdi aseda nnwom no soɔ, ɔne ne nuanom, na Bakbukia ne Uno, wɔn nuanom, di wɔn ntentensoɔ, ɔwɛn no mu. Na Yesua woo Yoiakim, na Yoiakim woo Eliasib, na Eliasib woo Yoiada, na Yoiada woo Yonatan, na Yonatan woo Yadua. Na Yoiakim berɛ so no, na asɔfoɔ no agyanom atitire nie: Seraia fam, Meraia; Yeremia deɛ: Hanania; Esra deɛ: Mesulam; Amaria deɛ: Yehohanan; Maluki deɛ: Yonatan; Sebania deɛ: Yosef; Harim deɛ: Adna; Meraiot deɛ: Helkai; Ido deɛ: Sakaria; Gineton deɛ: Mesulam; Abia deɛ: Sikri; Miniamin deɛ, Moadia deɛ: Piltai; Bilga deɛ: Samua; Semaia deɛ: Yehonatan; Yoiarib deɛ: Matenai; Yedaia deɛ: Usi; Salai deɛ: Kalai; Amok deɛ: Eber; Hilkia deɛ: Hasabia: Yedaia deɛ: Natanel. Lewifoɔ no: Eliasib, Yoiada, Yohanan ne Yadua berɛ so na wɔtwerɛɛ agyanom atitire no, asɔfoɔ no nso, wɔtwerɛɛ wɔn deɛ Persiani Dario ahennie so. Lewi mma, agyanom atitire no, wɔatwerɛ no berɛsosɛm nwoma no mu de abɛsi Eliasib ba Yohanan berɛ so. Na Lewifoɔ mu atitire: Hasabia, Serebia ne Kadmiel ba Yesua, ne wɔn nuanom a wɔdi wɔn ntentensoɔ no yi ayɛ da ase sɛdeɛ Nyankopɔn nipa Dawid hyɛeɛ no, awɛmfoɔ kuo ne kuo: Matania, Bakbukia, Obadia; Mesulam, Talmon, Akub a wɔwɛn apono ano ahwɛfoɔ wɛn, apono anoboadan no mu. Yeinom wɔ Yosadak ba Yesua ba Yoiakim berɛ so ne Amrado Nehemia ne Ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ no berɛ so. Na wɔrebɛdwira Yerusalem fasuo no, wɔhwehwɛɛ Lewifoɔ no firi wɔn tenabea nyinaa, sɛ wɔde wɔn reba Yerusalem, na wɔde aseda ne nnwom, nnawuro, mmɛnta ne asankuten adi odwiratwa no anigyeɛ mu. Na nnwontofoɔ mma no boaa wɔn ho ano hyiae firi Yerusalem ho kanko no mu ne Netofafoɔ nkuraase, ne Bet-gilgal ne Geba mfofowa so ne Asmawet, ɛfiri sɛ na nnwontofoɔ no abobɔ nkuraa de atwa Yerusalem ho ahyia. Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, na wɔdwiraa ɔman ne kuro apono ne afasuo no. Na memaa Yuda mmapɔmma no foroo ɔfasuo no, na mede aseda asafokuo akɛseɛ mmienu a wɔnam yuu sisii hɔ, baako faa nifa ɔfasuo no so de kɔɔ Sumina Pono no ano, na Hosaia ne Yuda mmapɔmma fa dii wɔn akyi kɔe ne Asaria, Esra ne Mesulam, Yuda ne Benyamin ne Semaia ne Yeremia, ne asɔfoɔ mma no mu binom a wɔkurakura ntotorobɛnto, Yonatan ba Sakaria, Semaia ba, Matania ba, Mikaia ba, Sakur ba, Asaf ba, ne ne nuanom, Semaia ne Asarel, Milalai, Gilalai, Maai, Natanel ne Yuda, Hanani, wɔkurakura Nyankopɔn nipa Dawid nsankuo no, na Ɔtwerɛfoɔ Esra di wɔn anim. Na nsuo Aniwa Pono no so ne wɔn ntentensoɔ no wɔforoo Dawid kuro aforoeɛ no, ɔfasuo no aforoeɛ no so, Dawid fie no atifi de kɔsii Nsuo Pono no ano apueeɛ. Na aseda asafokuo a ɛtɔ so mmienu no kɔɔ wɔn ntentensoɔ, na me nso medii wɔn akyi, ne ɔman no fa no, ɔfasuo no so de kɔfaa Afononoo Abantenten no so de kɔsii Ɔfasuo Tɛtrɛtɛ no so, de kɔfaa Efraim Pono ne Ɛpono Dada ne Mpataa Pono ne Hananel Abantenten ne Ɔha Abantenten no so de kɔsii Nnwan Pono no ano, na wɔkɔgyinaa Nneduadan Pono no ano. Ɛnna aseda asafokuo mmienu no kɔgyinaa Nyankopɔn fie, me ne mmapɔmma no fa a wɔka me ho, ne asɔfoɔ no: Eliakim, Maaseia, Miniamin, Mikaia, Elioenai, Sakaria, Hanania a wɔkurakura ntotorobɛnto; ne Maaseia, Semaia, Eleasa, Usi, Yehohanan, Malkia, Elam ne Eser; na nnwontofoɔ no memaa wɔn nne so, na Yisrahia ne wɔn so kannifoɔ. Na wɔbobɔɔ afɔdeɛ akɛseɛ da no, na wɔn ani gyee, ɛfiri sɛ Onyankopɔn de anigyeɛ kɛseɛ agye wɔn ani; na mmaa ne mmɔfra nso ani gyee, na wɔtee Yerusalem anigyeɛ no nka akyirikyiri. Na ɛda no ara wɔde mmarima bi sisii akoradeɛ ne mmasoɔ adeɛ ne aduanekan ne ntotosoɔ du du mpia no so, sɛ wɔmmoaboa nkuro no mfuo mu kyɛfa a mmara no hyɛeɛ no ano ngu mu mma asɔfoɔ ne Lewifoɔ no, ɛfiri sɛ Yuda nyaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔsisii wɔn no ho anigyeɛ. Na wɔyɛɛ wɔn Nyankopɔn som adwuma ne ahodwira ho som adwuma sɛ nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ no nso, sɛdeɛ Dawid ne ne ba Salomo hyɛeɛ no. Na tete no, Dawid berɛ so no, na Asaf ne nnwontofoɔ ne Nyankopɔn ayeyie ne aseda so otitire. Na Serubabel ne Nehemia berɛ so no, Israel nyinaa memaa nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ no kyɛfa, da biara ne ne deɛ, na wɔde akronkronneɛ maa Lewifoɔ, na Lewifoɔ no nso de akronkronneɛ maa Aaron mma.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛberɛ no ara mu na wɔkenkann Mose nwoma no mu, ɔman no aso mu, na wɔhunuu sɛ wɔatwerɛ sɛ, Amonni ne Moabni mmma Nyankopɔn badwa mu da biara da, ɛfiri sɛ wɔamfa aduane ne nsuo ammɛhyia Israelfoɔ, na mmom wɔkɔbɔɔ Bileam paa tiaa wɔn sɛ ɔmmɛdome wɔn; nanso yɛn Nyankopɔn danee nnome no nhyira. Na ɛbaa sɛ wɔtee mmara no, wɔyiyii amamfrafoɔ nyinaa firii Israel. Na yei nnya mmaeɛ no, na Ɔsɔfoɔ Eliasib a wɔde no sii yɛn Nyankopɔn fie mpia soɔ, a ɔyɛ Tobia busuani no asiesie pia kɛseɛ bi ama no, deɛ akane no na wɔde aduane ayɛyɛdeɛ ne ohwamfufuo ne nnwinneɛ ne ayuo ntotosoɔ du du ne nsa ne ngo a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma Lewifoɔ ne nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ no, ɛne asɔfoɔ no mmasoɔ afɔrebɔdeɛ no sie no. Na yei nyinaa mu no na menni Yerusalem, na Babelhene Artasasta afe a ɛtɔ so aduasa mmienu soɔ no, mekɔɔ ɔhene no nkyɛn. Na nna bi akyiri no, mebisaa ɔhene hɔ kwan, na mebaa Yerusalem; na mebɛhunuu bɔne a Eliasib yɛeɛ wɔ Tobia ho, sɛ wasiesie pia ama no Nyankopɔn fie abannwa soɔ no. Na me bo fuu kɛse, na meyiyii Tobia fie nnoɔma no nyinaa firii pia no mu gui, na mekaa sɛ wɔnnwira mpia no mu, na mede Nyankopɔn fie nnoɔma no mesane mebaa hɔ bio, aduane ayɛyɛdeɛ ne ohwamfufuo no. Na mehunuu sɛ Lewifoɔ kyɛfa no, wɔamfa amma wɔn, enti wɔadwanedwane kɔ wɔn mfuo mu, Lewifoɔ ne nnwontofoɔ a wɔyɛ adwuma no. Na me ne mmapɔmma no hamee, na mese: Adɛn nti na wɔagya Nyankopɔn fie yi? Na meboaboaa wɔn ano mede wɔn sisii wɔn diberɛ. Na Yuda nyinaa de ayuo ne nsa ne ngo ntotosoɔ du du ba bɛguu akoradeɛ no mu. Na mesisii akoradeɛ no so ahwɛfoɔ: Ɔsɔfoɔ Selemia, Ɔtwerɛfoɔ Sadok ne Pedaia a ɔfiri Lewifoɔ no mu no; na na wɔn ase na Sakur ba Matania ba Hanan hyɛ, ɛfiri sɛ na wɔbu wɔn nokwafoɔ, na wɔn na na wɔkyekyɛ nnoɔma no ma wɔn nuanom no. Me Nyankopɔn, kae me yei ho, na mpepa m’adɔeɛ a mayɛ mama me Nyankopɔn fie ne ne som adwuma no. Nna no mu na mehunuu Yudafoɔ bi a wɔtiatia nsa-kyi-amena soɔ homeda, na wɔde ayuo afiafi nso ba, na wɔde soasoa mfunumu; wɔde nsa nso ne bobe aba ne borɔdɔma ne nnesoa ahodoɔ nyinaa ba Yerusalem home da, na mebɔɔ wɔn kɔkɔ da a wɔretɔn nnuane no. Na Tirofoɔ bi a wɔte kurom hɔ nso de mpataa ne adetɔnneɛ ahodoɔ nyinaa ba, na wɔbɛtɔn no home da ma Yuda mma ne Yerusalemfoɔ. Ɛnna me ne Yuda mmapɔmma no hameeɛ, na mesee wɔn sɛ: Asɛmmɔne bɛn na moredie de kum homeda ho yi? Ɛnyɛ saa na mo agyanom yɛeɛ, na yɛn Nyankopɔn de bɔne yi nyinaa baa yɛn ne kuro yi soɔ no? Na mo nso mode bi reka Israel so abufuo no ho, sɛ morekum home da ho yi. Na ansa na homeda reduro no, esum refiri aseɛ aduru Yerusalem apono mu no, mehyɛɛ sɛ wɔntoto apono no mu, na mekaa sɛ wɔnnhini gye sɛ homeda no atwam ansa; na meyii m’asomfoɔ no mu binom gyinagyinaa apono no ano, na adesoa bi amma mu homeda. Na adwadifoɔ ne adetɔnfoɔ ahodoɔ no tɔnfoɔ no soɛsoɛɛ Yerusalem apono no akyi prɛko ne mprenu. Ɛnna mebɔɔ wɔn kɔkɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na moasoɛsoɛ, deda ɔfasuo no akyire? Sɛ moyɛ saa bio a, mɛkye mo. Ɛfiri saa berɛ no, wɔamma homeda bio. Na mesee Lewifoɔ no sɛ wɔnnwira wɔn ho na wɔmmra mmɛhwɛ apono no ano, na wɔnyɛ home da no kronkron. Yei ho nso kae me, me Nyankopɔn, na kora me sɛdeɛ w’adɔeɛ bebree no teɛ. Nna no mu nso mehunuu Yudafoɔ a wɔawareware Asdod mmaa ne Amon mmaa ne Moab mmaa. Na wɔn mma ka Asdod kasa fa-ne-fa, na Yuda kasa deɛ, wɔntumi nka, na aman no mu bi deɛ na wɔka. Na me ne wɔn hamee, na medomee wɔn, na mebobɔɔ mmarima no mu binom, na metutuu wɔn nwi, na mede Nyankopɔn ntam gyee wɔn sɛ: Sɛ mode mo mmammaa ma wɔn mmammarima, na mogye wɔn mmammaa mema mo mma awadeɛ anaasɛ mo ankasa moware wɔn a. Ɛnyɛ yeinom ho na Israelhene Salomo yɛɛ bɔne? Nanso amanaman nyinaa mu hene biara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno, na onipa a Onyankopɔn dɔ no ne no, na Onyankopɔn de no sii Israel nyinaa so hene, ɔno mpo, mmaa ananafoɔ na wɔmaa no yɛɛ bɔne. Na mo deɛ, yɛntie mo sɛ yɛbɛyɛ bɔne kɛseɛ yi nyinaa na yɛafom yɛn Nyankopɔn na yɛaware mmaa ananafoɔ? Na Ɔsɔfopanin Eliasib ba Yoiada mma mu baako ayɛ Horonni Sanbalat ase. Na mepamm no firii me ho. Kae wɔn, me Nyankopɔn, sɛ wɔagu asɔfodie ho ne asɔfodie ho mmara, ne asɔfodie ne Lewifoɔ apam no ho fi. Na medwiraa wɔn ho firii amanaman nnoɔma nyinaa ho, na mehyehyɛɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ no asɛdeɛ, sɛdeɛ obiara adwuma teɛ. Mehyehyɛɛ berɛ a ɛsɛ sɛ wɔde nnyina afɔrebɔ ne berɛ a wɔde nnuabakan deɛ ba. O me Nyankopɔn, kae me ma ɛnsi me yie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so bɛyɛɛ Kristo Yesu somafoɔ, de kɔma ahotefoɔ a wɔwɔ Efeso a wɔyɛ Kristo Yesu mu gyidifoɔ: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Nhyira nka Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya a ɔde honhom mu nhyira nyinaa ahyira yɛn soro hɔnom Kristo mu, sɛdeɛ ɔyii yɛn wɔ ɔdɔ mu, Kristo mu ansa na wɔrehyɛ wiase aseɛ, sɛ yɛnyɛ ahotefoɔ ne nnipa a wɔn ho nni asɛm n’anim. Ɔyii yɛn too hɔ sɛ ɔnam Yesu Kristo so bɛfa yɛn abayɛ mu, sɛdeɛ ne pɛ anisɔ teɛ, na ama wɔayi n’adom a ɔde adom yɛn wɔ ne Dɔba mu no animuonyam ayɛ. Ɔno ara mu na yɛanya ɔgyeɛ a ɛnam ne mogya soɔ, a ɛne mfomsoɔ fakyɛ no wɔ n’adom bebree mu. Ɔmaa no boroo so maa yɛn wɔ nyansa ne nimdeɛ nyinaa mu. Ɔmaa yɛhunuu ne pɛ ahuntasɛm, sɛdeɛ n’anisɔ a ɛyɛ n’atirimpɔ no teɛ. Ɔde kyerɛɛ sɛ ɛberɛ awie duro sɛ wɔbɛka nnoɔma nyinaa abɔ mu bio Kristo mu, mekyerɛ deɛ ɛwɔ soro ne deɛ ɛwɔ asase so nyinaa. Ɔno ara Kristo mu na wayɛ yɛn adedifoɔ nso, sɛdeɛ ɔyɛ nnoɔma nyinaa, ne pɛ agyinatuo soɔ no, bɔɔ ne tirim hyehyɛ too hɔ no, sɛ yɛn a yɛn ani daa Kristo so kane no mmɛyɛ n’animuonyam ayeyie. Ɔno ara mu na mo nso, motee nokorɛ asɛm a ɛne mo nkwagyeɛ ho asɛmpa no. Ɔno ara nso mu na mogye diiɛ no, wɔde Honhom Kronkron a wɔde ahyɛ mo bɔ no, a ɛne yɛn apɛgyadeɛnya nsohyɛ no asɔ mo ano asie. Yei ne ɔgyeɛ a wɔde agye wɔn a ɔde wɔn ayɛ ne deɛ ama n’animuonyam ayeyie. Yei nti, me nso metee mo ho Awurade Yesu mu gyidie ne mo dɔ a mode dɔ ahotefoɔ nyinaa no, mennyae mo ho aseda ne mo dinbɔ me mpaebɔ mu. Mebɔ mpaeɛ sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn, animuonyam Agya no, mma mo nyansa ne adiyie honhom wɔ ne ho nimdeɛ mu, na moate aseɛ, na moahunu ne frɛ anidasoɔ no ne n’apɛgyadeɛ animuonyam ahonya wɔ ahotefoɔ no mu. Afei nso, ɔmma mo nhunu ne tumi kɛseɛ a ɛboro so ma yɛn a yɛgye die, sɛdeɛ n’ahoɔden tumi adeyɛ a ɔde yɛɛ adeɛ Kristo mu, nyanee no firii awufoɔ mu no teɛ. Ɔde no tenaa ne nifa ɔsoro, mpaninnie ne tumidie ne ahoɔden ne wurayɛ nyinaa so, ɛne din a wɔde toɔ, ɛnyɛ wiase ha nko, na mmom wiase a ɛreba no nso mu. Na ɔde ade nyinaa ahyɛ ne nan ase na ɔde no ayɛ nnoɔma nyinaa so tire ama asafo a ɛne ne nipadua no, deɛ ɔhyɛ ade nyinaa ma wɔ nnoɔma nyinaa mu no mayɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na mo a anka moyɛ awufoɔ wɔ mfomsoɔ ne bɔne mu, na akane no monantee sɛdeɛ wiase abrabɔ teɛ ne sɛdeɛ ewiem tumi no panin no teɛ, honhom a nnansa yi ɛyɛ adwuma wɔ wɔn a wɔyɛ asoɔden mu no. Wɔn mu na anka akane no, yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ deɛ honam ne adwene pɛ, na sɛdeɛ yɛn awosuo teɛ no yɛyɛ nnipa a Onyankopɔn abufuo wɔ yɛn so, te sɛ wɔn a aka no nso. Nanso Onyankopɔn a ne mmɔborɔhunu dɔɔso no nam ne dɔ bebree a ɔde dɔ yɛn no so ama yɛn a anka yɛyɛ awufoɔ wɔ mfomsoɔ mu no ne Kristo anya nkwa, (adom na wɔde agye mo nkwa.) Na wanyane yɛn ne no, na ɔde yɛn ne no atena soro hɔnom, Kristo Yesu mu, sɛ wiase a ɛreba no mu ɔbɛyi n’adom ahonya a ɛboro soɔ no adi wɔ ayamyɛ a ɔyɛ yɛn Kristo Yesu mu mu. Na adom na wɔde nam gyidie so agye mo nkwa, ɛmfiri mo ara, ɛyɛ Nyankopɔn akyɛdeɛ, ɛmfiri nnwuma mu, na obiara anhoahoa ne ho. Na yɛyɛ n’adwinneɛ a ɔyɛeɛ, ɔbɔɔ yɛn Kristo Yesu mu maa nnwuma pa a Onyankopɔn asiesie ato hɔ sɛ yɛnnante mu no. Enti monkae sɛ, mo a anka kane no moyɛ amanaman mufoɔ honam fam, na wɔn a wɔfrɛ wɔn ho twetiatwafoɔ, mekyerɛ wɔn a wɔde nsa ara kɛkɛ twa honam mu no frɛ mo momonoto no, monkae sɛ da bi no na mo ne Kristo nni twaka biara, na na moyɛ ananafoɔ a wɔnyɛ Israel man mma, ne ahɔhoɔ wɔ bɔhyɛ apam ahodoɔ no ho, na monni anidasoɔ biara, na monni Onyankopɔn bi wɔ wiase. Na afei deɛ, Kristo Yesu mu, mo a anka mowɔ akyirikyiri no, monam Kristo mogya mu abɛn. Na ɔno ara ankasa ne yɛn asomdwoeɛ, wayɛ baanu no baako, na wadwiri ɔfasuo a ɛtwa yɛn ntam a ɛne nitan no, ɛfiri sɛ ɔde ne honam yii mmara a ɛnam nsɛm ahodoɔ a ɛwɔ ahyɛdeɛ mu no hɔ, na ɔde wɔn baanu nyinaa abɔ onipa foforɔ baako, ɔno ara ne mu, ama asomdwoeɛ aba, na wafa asɛnnua no so apata aka baanu no abɔ Nyankopɔn ho, nipadua baako mu, ɛfiri sɛ ɔnam asɛnnua no ara so akum nitan no. Na ɔba bɛkaa asomdwoeɛ ho asɛmpa kyerɛɛ mo a mowɔ akyiri ne wɔn a wɔbɛn, ɛfiri sɛ ne so na yɛn baanu nyinaa nam honhom baako mu anya kwan kɔ Agya no nkyɛn. Enti afei monyɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ bio, na mmom moyɛ ahotefoɔ no yɔnko-man-mma ne Nyankopɔn fiefoɔ. Wɔde mo asi asomafoɔ ne adiyifoɔ fapem a Kristo Yesu no ara ne tweaso tiboɔ titire no so. Ne mu na deɛ wɔasie no nyinaa akeka atoa mu, na ɛrepagya akɔyɛ asɔredan kronkron Awurade mu; ne mu na wɔde mo nso resi akɔyɛ Nyankopɔn tenabea, honhom mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yei nti na me Paulo, meyɛ Kristo Yesu deduani ma mo amanaman mufoɔ, sɛ ebia moate ofiehwɛ-adwuma a Nyankopɔn adom a mo nti wɔde adom me no, sɛ ɔnam adiyie so maa mehunuu ahuntasɛm no, sɛdeɛ matwerɛ no tiawa mu dada no. Sɛ mokekan a, mode bɛhunu nteaseɛ a mewɔ wɔ Kristo ahuntasɛm no ho a awoɔ ntoatoasoɔ bi mu, wɔamma nnipa mma anhunu, sɛdeɛ wɔayi no adi nnansa yi akyerɛ n’asomafoɔ ne adiyifoɔ kronkron, wɔ honhom mu, sɛ amanaman mufoɔ nso bɛyɛ adedifoɔ ne nipadua korɔ no ara bi, na wɔnam asɛmpa no so anya kyɛfa wɔ ne bɔhyɛ no ho bi wɔ Kristo Yesu mu. Ɛno ho na wɔayɛ me somfoɔ, sɛdeɛ Nyankopɔn adom akyɛdeɛ a wɔde akyɛ me, ne tumi adwumayɛ no soɔ, teɛ no. Me a mene ahotefoɔ nyinaa mu akumaa na wɔde adom yi adom me, sɛ menka Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no ho asɛmpa menkyerɛ amanaman mufoɔ, na memma nnipa nyinaa nhunu ahuntasɛm a ɛfiri tete berɛ so huntaa wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ nnoɔma nyinaa no mu no ho dwumadie no, sɛ afei wɔmfa asafo no so mma mpaninnie ne tumi ahodoɔ a ɛwɔ soro hɔnom nhunu Nyankopɔn nyansa bebree no, sɛdeɛ ne tirim a ɔbɔɔ no teteete yɛn Awurade Kristo Yesu mu no teɛ no. Ne mu na yɛnam ne ho gyidie so anya nnamyɛ ne kwan, ahotosoɔ mu. Enti mesrɛ sɛ mommpa aba m’amaneɛ a mo nti mehunu a ɛne mo animuonyam no mu. Yei nti na mede me nkotodwe mekoto Agya a wɔfiri ne mu frɛ abusua biara a ɛwɔ soro ne asase soɔ no, sɛ ɔmfiri n’animuonyam ahonya mu mma momfa ne honhom so nnya tumi mu ahoɔden wɔ mo mu nipa su no mu; na ɔmma Kristo mfa gyidie so ntena mo akoma mu, na moagye ɔdɔ mu nhini atim mu, na mo ne ahotefoɔ nyinaa anya trɛ ne tentene ne korɔn ne emudɔ no, na moahunu Kristo dɔ a ɛtra nhunumu no, na Nyankopɔn mayɛ nyinaa ayɛ mo ma awie. Na deɛ ɔtumi yɛ ma no tra ade nyinaa, ma no boro so kyɛne deɛ yɛsrɛ anaasɛ yesusuo, sɛdeɛ tumi a ɛyɛ yɛn mu adwuma no teɛ no, ɔno na animuonyam nka no asafo no mu, Kristo Yesu mu, mfa nkɔ berɛsanten a ɛbɛba no ntoatoasoɔ nyinaa mu. Amen.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Enti afei me, Awurade deduani, metu mo fo sɛ monnante sɛdeɛ ɛfata frɛ a wɔde afrɛ mo, ahobrɛaseɛ adwene ne ɔdwoɔ nyinaa mu, abodwokyɛre mu, monkurakura mo ho mu wɔ ɔdɔ mu, mommɔ mmɔden mfa asomdwoeɛ homa nkura honhom baakoyɛ mu. Ɛfiri sɛ nipadua baako ne honhom baako na ɛwɔ hɔ, sɛdeɛ wɔafrɛ mo nso mo frɛ anidasoɔ baako mu no: Awurade baako, gyidie baako, asubɔ baako, yɛn nyinaa Nyankopɔn ne Agya baako a ɔdi yɛn nyinaa soɔ, na ɔfa yɛn nyinaa mu, na ɔte yɛn nyinaa mu. Na wɔde adom adom yɛn nyinaa mmaako mmaako, sɛdeɛ Kristo asusu n’akyɛdeɛ ama no. Enti ɔse: Ɔforo kɔɔ soro no, ɔde nnommum pii a ɔfaeɛ no kɔe, na ɔde akyɛdeɛ maa nnipa. (Na sɛ ɔse: Ɔforo kɔɔ soro a, ɛnneɛ na ɛnyɛ deɛ ɔrekyerɛ ara ne sɛ ɔsianee kɔɔ asase ase hɔnom ansa? Ampa ara, deɛ ɔsianeeɛ no ara ne deɛ ɔsiane nso foro traa ɔsorosoro nyinaa so ama wahyɛ nnoɔma nyinaa ma no.) Na ɔno na wama ebinom ayɛ asomafoɔ, ebinom adiyifoɔ, ebinom asɛmpakafoɔ, ebinom ahwɛfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ, na wɔatoto ahotefoɔ yie ama ɔsom adwuma no, ama Kristo nipadua no sie akɔ so, akɔduru sɛ yɛn nyinaa bɛduru Nyankopɔn Ba no ho gyidie ne ne nhunumu baakoyɛ mu, ayɛ onipa a wawie nyini a yɛaduru Kristo mayɛ susudeɛ no tebea soɔ, na yɛanna so anyɛ mmotafowa a nkyerɛkyerɛ mframa biara woso wɔn biribiri twe wɔn di akɔneaba nnipa bradɛtoɔ mu, anifire a ɛnam nnaadaa nnɛɛdɛeɛ mu, na mmom momma yɛnni nokorɛ mfa ɔdɔ mu nnyini nnoɔma nyinaa mu, Kristo a ɔne etire no mu. Ne mu na nipadua nyinaa ayɛ mua ɛsiane akwaa ahodoɔ a aka atoatoa mu asisi so pɛpɛɛpɛ na ebiara yɛ n’adwuma yie nti, na ɛma nipadua no nyini na ɛyɛne ne ho ɔdɔ mu. Enti meka yei na medi adanseɛ, Awurade mu, sɛ monnnante bio sɛdeɛ amanaman mufoɔ a aka no nante wɔn adwene hunuyɛ mu no. Wɔn na wɔn adwene mu aduru sum, na ɛsiane sɛ wɔnni nteaseɛ na wɔn akoma apirim nti, wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafoɔ. Ɛsiane sɛ wɔn ani nwu adeɛ bio nti, wɔde wɔn ho ama ahohwie, na wɔyɛ afideɛ nyinaa anibereɛ mu. Na mo deɛ, moansua Kristo saa, sɛ ampa ara sɛ moate ne ho asɛm, na wɔakyerɛkyerɛ mo ne mu, sɛdeɛ Yesu mu nokorɛ teɛ no. Ɛne sɛ, mo kane abrabɔ fam deɛ, monyi onipa dada a ɔresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no ntwene, na momma wɔnyɛ mo foforɔ mo adwene honhom mu, na monhyɛ onipa foforɔ a wɔbɔɔ no Nyankopɔn suban so, nokorɛ tenenee ne ahoteɛ mu no. Enti monyi atorɔ ntwene, na obiara nni ne yɔnko nokorɛ, ɛfiri sɛ yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa. Mo bo mfu, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuo so, na mommma ɔbonsam kwan! Owifoɔ nnwia adeɛ bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma deɛ ɔdi hia. Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfiri mo anomu, na mmom asɛm a ɛyɛ na ɛma nkɔsoɔ a ɛhia, na wɔde adom wɔn a wɔteɛ no. Na monnho Nyankopɔn Honhom Kronkron a wɔde no asɔ mo ano ama ɔgyeɛ da no werɛ. Momma wɔnyi yeadie nyinaa ne koko bɔne ne abufuo ne ano kurokuro ne abususɛm, ɛne bɔnepɛ nyinaa mfiri mo mu. Na momma mo yam nyɛ yie na ɛnhyehye mo mmema mo ho, momfa nkyekyɛ mo ho, sɛdeɛ Onyankopɔn nam Kristo so de kyɛɛ mo no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Enti monsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo, na monnante ɔdɔ mu, sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho maeɛ maa yɛn sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ ma Onyankopɔn a ɛtu hwa a ɛyɛ dɛ no. Na adwamammɔ ne efi adeyɛe nyinaa anaa anibereɛ deɛ, mommma wɔmmmɔ din mpo wɔ mo mu, sɛdeɛ ɛsɛ ahotefoɔ. Na mommma wɔnte aniwudeɛ ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ, na mmom aseda. Ɛfiri sɛ monim dada sɛ odwamammɔfoɔ biara anaa efi adeyɛni anaa oniberefoɔ (a ɔyɛ ɔbosonsonni) nni apɛgyadeɛ Kristo ne Nyankopɔn ahennie mu. Mommma obi mmfa nsɛnhunu nnnaadaa mo; na saa nnoɔma no nti na Nyankopɔn abufuhyeɛ ba wɔn a wɔyɛ asoɔden soɔ. Enti mo ne wɔn nnni twaka. Na akane no, na moyɛ sum, na afei deɛ, moyɛ hann, Awurade mu; monnante sɛ hann mma, ɛfiri sɛ hann aba da adi papayɛ ne tenenee ne nokorɛ nyinaa mu, na monsɔ deɛ ɛsɔ Awurade ani yie no nhwɛ. Na monnyɛ esum nnwuma a ɛnso aba no bi, na mmom mompa ho ntoma! Ɛfiri sɛ nnoɔma a wɔhunta yɛ no, ɛyɛ aniwu sɛ wɔbɔ din mpo. Na nnoɔma no nyinaa, sɛ wɔma ɛda adi a, hann yi no adi; ɛfiri sɛ deɛ wɔyi adi nyinaa yɛ hann. Enti na ɔse: Wo a woada, nyane, na sɔre firi awufoɔ mu, na Kristo no bɛhyerɛn ama wo. Enti monhwɛ mo nanteɛ yie, ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔnnim nyansa, na mmom sɛ anyansafoɔ. Monhwɛ mo adagyeɛ yie, ɛfiri sɛ nna yi yɛ nna bɔne. Yei nti monnyɛ nnipa a wɔnni adwene, na mmom monyɛ nnipa a wɔhunu adeɛ a Awurade pɛ yie. Na mommmoro nsa, ɛfiri sɛ ɛno na ɛde sakasaka ba, na mmom monyɛ ma wɔ Honhom mu. Momfa sankuo ho nnwom ne ayeyie nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛkyerɛ mo ho, monto dwom na mommɔ sankuo mo akoma mu mma Awurade, monna Agya Nyankopɔn ase daa wɔ ade nyinaa ho, yɛn Awurade Yesu Kristo din mu, mommrɛbrɛ mo ho ase mma mo ho wɔ suro a mowɔ wɔ Kristo mu. Ɛyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ara mo kununom, sɛ moyɛ ma Awurade, ɛfiri sɛ okunu yɛ ɛyerɛ ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no tiri no, na ɔno ara na ɔyɛ Agyenkwa ma nipadua no. Na sɛdeɛ asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara nso na ɛyerenom nyɛ mma wɔn kununom, ade nyinaa mu. Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛdeɛ Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho maeɛ maa no, sɛ ɔde nsuo adwareɛ bɛte ne ho wɔ asɛm no mu, ayɛ no kronkron, na ɔde asafo no asi hɔ animuonyam mu, a nkekaeɛ anaa mpomponeeɛ anaa yeinom biara nni ho, na mmom ayɛ kronkron a ɛdɛm nso nni ho. Saa ara nso na ɛsɛ okununom, sɛ wɔdɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ara nipadua. Deɛ ɔdɔ ɔno ara ne yere no, dɔ ne ho. Na obiara ntane ɔno ara ne honam, na mmom ɔyɛ no yie, na ɔsom no bo, sɛdeɛ Kristo nso yɛ asafo no. Ɛfiri sɛ yɛyɛ ne nipadua ho akwaa. Yei nti na ɔbarima bɛgya n’agya ne ne na, na wakɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ honam korɔ. Ahuntasɛm yi so, na me deɛ, mese, ɛfa Kristo ne asafo no ho. Nanso mo mmaako mmaako nso, momma obiara nnɔ ne yere saa ara sɛ ne ho; na ɛyerɛ nso mmu ne kunu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mma, montie mo awofoɔ asɛm Awurade mu; na yei na ɛtene. Di w’agya ne wo na ni! Yei ne mmara asɛm a ɛdi kan a bɔhyɛ wɔ mu, na awie wo yie, na wo nna aware asase so. Na agyanom, monnhyɛ mo mma abufuo, na mmom montete wɔn Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu. Nkoa, momfa suro ne ahopopoɔ ntie mo honam fam wuranom asɛm mfiri mo akoma mu, sɛdeɛ moyɛ ma Kristo, ɛnyɛ ani so som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom sɛ Kristo nkoa a wɔfiri akoma mu yɛ Nyankopɔn apɛdeɛ, na wɔde adwempa som sɛ wɔyɛ ma Awurade, na ɛnyɛ nnipa. Na monim sɛ papa a obiara bɛyɛ no, akoa oo, ɔdehyeɛ oo, ɛno ara ho akatua na ɔbɛnya no wɔ Awurade nsam. Na awuranom, monyɛ saa ara nso mma wɔn, mommrɛ ateatea ase, ɛfiri sɛ monim sɛ wɔne mo ara nso wura wɔ soro, na nnipa animhwɛ biara nni ne fam. Deɛ ɛdi akyire no, momma mo ho nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden tumi mu. Monhyɛ Nyankopɔn akodeɛ nyinaa, na moatumi agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛeɛ adi asie, ɛfiri sɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpaninnie ne tumidie ne wiase yi sum mu atumfoɔ ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔnom. Yei nti monhyɛ Nyankopɔn akodeɛ no nyinaa, na moatumi agyina ɛda bɔne no mu, na moyɛ ne nyinaa wie a, moagyina hɔ. Enti monnyina hɔ, momfa nokorɛ mmɔ mo asene, na monhyɛ tenenee nkataboɔ, na momfa asomdwoeɛ asɛmpa no ho ahodasoɔ nhyehyɛ mo nan, ne nyinaa akyiri no, monkura gyidie kyɛm a mode bɛtumi adum ɔbɔnefoɔ no bɛmma a ɛredɛre no nyinaa, na momfa nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ ne honhom nkrantɛ a ɛne Nyankopɔn asɛm, na momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ nyinaa mmɔ mpaeɛ daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefoɔ nyinaa, ɛne me nso, sɛ, mebue m’ano a, wɔmma me asɛm a menka, na memfa nnam menyi asɛmpa no ahuntasɛm menkyerɛ. Ɛno ho bɔfoɔ na meyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu; na mayɛ mu nnam, sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mekasa. Na deɛ ɛbɛyɛ na mo nso moate me ho asɛm sɛdeɛ meteɛ no, onua dɔfo ne Awurade mu somfo nokwafoɔ Tihiko bɛma moahunu ne nyinaa. Yei ara nti na masoma no mo nkyɛn, na moahunu sɛdeɛ yɛn ho teɛ, na wahyɛ mo akoma den. Asomdwoeɛ ne ɔdɔ ne gyidie nso a ɛfiri Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka anuanom. Adom nka wɔn a wɔde ɔdɔ a ɛho nte kyema dɔ yɛn Awurade Yesu Kristo no nyinaa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Deɛ ɛwɔ hɔ firi mfitiaseɛ, deɛ yɛateɛ, deɛ yɛde yɛn ani ahunu, deɛ yɛhwɛeɛ na yɛde yɛn nsa kaeɛ, wɔ nkwa asɛm no ho, na nkwa no yii ne ho kyerɛe, na yɛahunu, na yɛdi ho adanseɛ, na yɛka daa nkwa a ɛne Agya no wɔ hɔ na ɛyii ne ho kyerɛɛ yɛn no ho asɛm kyerɛ mo, deɛ yɛahunu na yɛateɛ no na yɛka kyerɛ mo nso, na mo nso ne yɛn anya ayɔnkofa; na yɛn ayɔnkofa no, yɛne Agya no ne ne Ba Yesu Kristo na ɛwɔ. Yɛtwerɛ yeinom brɛ mo, na yɛn anigyeɛ awie pɛyɛ. Na kaseɛ a yɛtee no ne nkyɛn na yɛrebɔ mo yi ne sɛ: Onyankopɔn yɛ hann, na esum biara nni ne mu koraa. Sɛ yɛka sɛ yɛne no wɔ ayɔnkofa na yɛnam sum mu a, yɛdi atorɔ, na yɛnnante nokorɛ mu. Na sɛ yɛnam hann mu sɛ ɔno wɔ hann mu no a, na yɛwowɔ ayɔnkofa wɔ yɛn ntɛm, na ne Ba Yesu mogya te yɛn ho firi bɔne nyinaa mu. Sɛ yɛka sɛ yɛnni bɔne a, na yɛdaadaa yɛn ho, na nokorɛ no nni yɛn mu. Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ a, ɔyɛ nokwafoɔ ne teneneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na wate yɛn ho afiri deɛ ɛntene nyinaa ho. Sɛ yɛka sɛ yɛnyɛɛ bɔne a, yɛma no dane ɔtorofoɔ, na n’asɛm no nni yɛn mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Me mma nkumaa, meretwerɛ yeinom mabrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔkamafoɔ bi, Agya no nkyɛn, ɔno ne Ɔteneneeni Yesu Kristo. Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn deɛ ho nko, na mmom wiase nyinaa deɛ ho bi. Na sɛ yɛdi n’ahyɛdeɛ so a, ɛno ara na yɛde hunu sɛ yɛnim no. Deɛ ɔka sɛ: Menim no, na ɔnni n’ahyɛdeɛ soɔ no, yɛ ɔtorofoɔ, na nokorɛ no nni ne mu. Na obiara a ɔdi n’asɛm soɔ no, ampa ara, ɔno mu na Nyankopɔn dɔ no awie pɛyɛ. Yei na yɛde hunu sɛ yɛwɔ ne mu. Deɛ ɔka sɛ ɔte ne mu no, ɛsɛ no sɛ ɔnante sɛdeɛ ɔno nso nanteeɛ. Adɔfo, ɛnyɛ ahyɛdeɛ foforɔ na meretwerɛ mabrɛ mo, na mmom ahyɛdeɛ dada a moanya firi mfitiaseɛ no. Ahyɛdeɛ dada no ne asɛm a moateɛ no. Nso meretwerɛ ahyɛdeɛ foforɔ mabrɛ mo a ɛyɛ nokorɛ wɔ ɔno ne mo mu: Sɛ esum retwa mu, na nokorɛ hann no anya rehyerɛn. Deɛ ɔka sɛ ɔwɔ hann no mu na ɔtane ne nua no, ɔda so wɔ sum mu ara de bɛsi sɛsɛɛ. Deɛ ɔdɔ ne nua no wɔ hann no mu, na suntidua nni ne mu. Na deɛ ɔtan ne nua no te sum mu na ɔnam sum mu, na ɔnnim deɛ ɔrekorɔ, ɛfiri sɛ esum no afira n’ani. Mma nkumaa, meretwerɛ mabrɛ mo sɛ, ne din nti wɔde mo bɔne akyɛ mo. Agyanom, meretwerɛ mabrɛ mo ɛfiri sɛ monim deɛ ɔwɔ hɔ firi mfitiaseɛ no. Mmeranteɛ, meretwerɛ mabrɛ mo sɛ, moadi ɔbɔnefoɔ no so nkonim. Mmɔfra nkumaa, matwerɛ mabrɛ mo sɛ, monim Agya no. Agyanom, matwerɛ mabrɛ mo sɛ, monim deɛ ɔwɔ hɔ firi mfitiaseɛ no. Mmeranteɛ, matwerɛ mabrɛ mo sɛ, mo ho yɛ den, na Nyankopɔn asɛm no te mo mu, na moadi ɔbɔnefoɔ no so nkonim. Monnnɔ wiase anaa nnoɔma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, Agya no dɔ no nni ne mu. Na deɛ ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetena mu ahohoahoa, ɛmfiri Agya no, na mmom ɛfiri wiase. Na wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na deɛ ɔyɛ adeɛ a Onyankopɔn pɛ no tena hɔ daa. Mmɔfra nkumaa, ɛdɔn a ɛdi akyire nie. Na sɛdeɛ moate sɛ antikristo no rebɛba no, saa na seesei yi antikristo bebree aba; ɛnna yɛde hunu sɛ dɔn a ɛdi akyire nie. Wɔfiri yɛn mu na ɛkɔeɛ deɛ, nanso wɔnka yɛn ho, na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaa hɔ. Na ɛyɛɛ saa na wɔada adi sɛ wɔn nyinaa nka yɛn ho. Na mo deɛ, moanya ngosra no firi Ɔkronkronni no hɔ, na mo nyinaa nim de. Mantwerɛ mammrɛ mo sɛdeɛ monnim nokorɛ no, na mmom sɛ monim, ne sɛ atorɔ biara mfiri nokorɛ no mu. Hwan ne ɔtorofoɔ no sɛ deɛ ɔsane sɛ Yesu nyɛ Kristo no? Oyi ne antikristo a ɔpo Agya no ne Ɔba no. Obiara a ɔpo Ɔba no, ɔnni Agya no nso, na deɛ ɔpae mu bɔ Ɔba no din no, wɔ Agya no nso. Enti mo deɛ, deɛ mote firii mfitiaseɛ no, momma no ntena mo mu; na sɛ deɛ mote firii mfitiaseɛ no tena mo mu a, ɛnneɛ mo nso mobɛtena Ɔba no ne Agya no mu. Na ɛbɔ a ɔde ahyɛ yɛn ne daa nkwa no. Deɛ matwerɛ mabrɛ mo yi fa wɔn a wɔdaadaa mo no ho. Na mo deɛ, ngosra a monyaa no ne nsa mu no te mo mu, enti ɛnhia mo sɛ obi kyerɛkyerɛ mo; na mmom sɛdeɛ ngosra no ara kyerɛkyerɛ mo ade nyinaa ho no na ɛyɛ nokorɛ, na ɛnyɛ atorɔ. Na sɛdeɛ akyerɛkyerɛ mo no, montena ne mu! Na afei, mma nkumaa, montena ne mu, na sɛ oyi ne ho adi a, yɛanya awerɛhyɛmu, na yɛn ani anwu n’anim, ne ba mu. Sɛ monim sɛ ɔyɛ ɔteneneeni a, anka mobɛhunu sɛ obiara a ɔyɛ ade tenenee no, ɔno na Onyankopɔn awo no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Monhwɛ ɔdɔ ko a Agya no de adɔ yɛn, sɛ wɔmfrɛ yɛn Nyankopɔn mma, na yɛyɛ nso. Yei nti wiase nhu yɛn, ɛfiri sɛ ɛnhunuu no. Adɔfo, afei yɛyɛ Nyankopɔn mma, na deɛ yɛbɛyɛ no nnya nnaa adi. Na yɛnim sɛ, sɛ ɔyi ne ho adi a, yɛbɛyɛ sɛ ɔno, ɛfiri sɛ yɛbɛhu no sɛdeɛ ɔteɛ. Na obiara a ɔwɔ ne ho anidasoɔ yi no, ɔte ne ho sɛdeɛ ɔno ho teɛ. Obiara a ɔyɛ bɔne no, ɔyɛ de to mmara, na bɔne ne mmarato. Na monim sɛ ɔno deɛ, ɔyii ne ho adi sɛ ɔrebɛyi bɔne akɔ, na bɔne nni ne mu. Obiara a ɔte ne mu no nyɛ bɔne. Obiara a ɔyɛ bɔne no nhunuu no, nanso ɔnnim no. Mma nkumaa, mommma obiara nnnaadaa mo. Deɛ ɔyɛ deɛ ɛtene no, ɔtene sɛdeɛ ɔno nso tene. Deɛ ɔyɛ bɔne no firi ɔbonsam, ɛfiri sɛ ɔbonsam na ɔfiri mfitiaseɛ yɛɛ bɔne. Yei nti na Nyankopɔn Ba no bɛyii ne ho adi sɛ ɔbɛsɛe ɔbonsam nnwuma. Obiara a Onyankopɔn awo no no nyɛ bɔne, ɛfiri sɛ ne su te ne mu, na ɔntumi nyɛ bɔne, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na wawo no. Yei mu na Nyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adie. Obiara a ɔnyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɔnnɔ ne nua no mfiri Onyankopɔn. Na yei ne kaseɛ a moate firi mfitiaseɛ sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no, ɛnyɛ sɛ Kain a ɔfiri bɔne mu na ɔkumm ne nua no. Na adɛn nti na ɔkumm no? Ɛfiri sɛ ɔno ara ne nnwuma yɛ bɔne, na ne nua deɛ no deɛ, ɛtene. Anuanom, wiase tan mo a, mommma no nnyɛ mo nwanwa. Yɛn deɛ, yɛnim sɛ yɛatwa mu afiri owuo mu akɔ nkwa mu, ɛfiri sɛ yɛdɔ anuanom. Deɛ ɔnni dɔ no te owuo mu. Obiara a ɔtan ne nua no yɛ owudini; na monim sɛ daa nkwa rentena owudini biara mu. Yei mu na yɛahunu ɔdɔ no, sɛ ɔno de ne nkwa too hɔ maa yɛn. Na ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛde yɛn nkwa to hɔ ma anuanom. Na deɛ ɔwɔ wiase asetenadeɛ, na ɔhunu ne nua sɛ ahia no, na ɔbɔ no ayamuɔnwono no, Nyankopɔn dɔ no te ne mu sɛn? Me mma nkumaa, mommma yɛmmfa asɛm anaa tɛkyerɛma nnɔ, na mmom momma yɛnnɔ nneyɛɛ ne nokorɛ mu. Na yei mu na yɛbɛhunu sɛ yɛfiri nokorɛ no mu, na yɛbɛdwodwo yɛn akoma wɔ n’anim sɛ, sɛ yɛn akoma bu yɛn fɔ a, Onyankopɔn so kyɛne yɛn akoma na ɔhunu ade nyinaa. Adɔfo, sɛ yɛn akoma mmu yɛn fɔ a, ɛnneɛ yɛde nnam kɔ Nyankopɔn anim, na biribiara a yɛsrɛ no, yɛnya firi ne nkyɛn, ɛfiri sɛ yɛdi n’ahyɛdeɛ so, na yɛyɛ deɛ ɛsɔ n’ani. Na yei ne n’ahyɛdeɛ, sɛ yɛnnye ne Ba Yesu Kristo din no nni, na yɛnnodɔ yɛn ho, sɛdeɛ ɔmaa yɛn ahyɛdeɛ no. Na deɛ ɔdi n’ahyɛdeɛ soɔ no te ne mu, na ɔno nso te ne mu. Na deɛ yɛde hunu sɛ ɔte yɛn mu ne honhom a ɔde ama yɛn no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Adɔfo, monnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wɔfiri Onyankopɔn anaa; ɛfiri sɛ adiyifoɔ atorofoɔ bebree aba wiase. Yei mu na monhunu Nyankopɔn honhom. Honhom biara a ɔpae mu ka sɛ Yesu Kristo aba honam mu no firi Nyankopɔn mu. Na honhom biara a ɔnka sɛ Yesu aba (honam mu) no mfiri Nyankopɔn mu. Na yei ne antikristo a moate sɛ ɔreba na afei wanya aba wiase no deɛ. Mma nkumaa, mofiri Nyankopɔn mu, na moadi wɔn so nkonim, ɛfiri sɛ deɛ ɔwɔ mo mu no so kyɛne deɛ ɔwɔ wiase mu. Wɔn deɛ, wɔfiri wiase. Yei nti na wɔfiri wiase kasa, na wiase tie wɔn. Yɛn deɛ, yɛfiri Nyankopɔn mu. Deɛ ɔnim Nyankopɔn no tie yɛn, na deɛ ɔmfiri Onyankopɔn mu no ntie yɛn. Yei mu na yɛhunu nokorɛ honhom ne nnaadaa honhom. Adɔfo, momma yɛnnodɔ yɛn ho; na ɔdɔ firi Nyankopɔn, na obiara a ɔdɔ no, Onyankopɔn na wawo no, na ɔnim Onyankopɔn. Deɛ ɔnnɔ no, nhunuu Onyankopɔn, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne ɔdɔ. Yei mu na Nyankopɔn dɔ no yii ne ho adie wɔ yɛn ho, sɛ Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa ne so nnya nkwa. Yei mu na ɔdɔ no wɔ, ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne Ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛn bɔne ho mpata. Adɔfo, sɛ Onyankopɔn dɔɔ yɛn sɛɛ a, ɛnneɛ ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho. Obi nhunuu Onyankopɔn pɛn. Sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho a, na Onyankopɔn te yɛn mu, na ne dɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu. Yei mu na yɛhunu sɛ yɛte ne mu, na ɔno nso te yɛn mu, sɛ wama yɛn ne honhom. Na yɛahunu na yɛdi adanseɛ sɛ, Agya no asoma Ɔba no sɛ wiase Agyenkwa. Obiara a ɔpae mu ka sɛ Yesu ne Nyankopɔn Ba no, Onyankopɔn te ne mu, na ɔno nso te Nyankopɔn mu. Na yɛn deɛ, yɛahunu na yɛagye ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ no yɛn ho no adi. Onyankopɔn ne ɔdɔ, na deɛ ɔte ɔdɔ mu no te Nyankopɔn mu, na Onyankopɔn te no mu. Yei mu na ɔdɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu, na yɛanya nnamyɛ atemmuda da, ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɔno teɛ no, sɛ nso yɛteɛ wɔ wiase ha ne no. Ehu nni dɔ mu, na mmom ɔdɔ a ɛdi mu no pam ehu, ɛfiri sɛ ehu ne asotwe na ɛnam, na deɛ ɔsuro no nwiee pɛyɛ wɔ ɔdɔ mu. Yɛdɔ, ɛfiri sɛ ɔno na ɔdɔɔ yɛn kane. Sɛ obi ka sɛ: Medɔ Onyankopɔn, na ɔtane ne nua a, ɔyɛ ɔtorofoɔ. Na deɛ ɔnnɔ ne nua a ɔhu no no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛtumi adɔ Onyankopɔn a ɔnhunuu no? Na ahyɛdeɛ yi na yɛanya no ne nkyɛn sɛ, deɛ ɔdɔ Onyankopɔn no, ɔnnɔ ne nua nso.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Obiara a ɔgye di sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn na wawo no; na obiara a ɔdɔ ɔwofoɔ no, ɔdɔ deɛ ɔwoo no no nso. Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn na yɛdi n’ahyɛdeɛ so a, ɛno ara na yɛde hunu sɛ yɛdɔ Nyankopɔn mma. Na yei ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yɛbɛdi n’ahyɛdeɛ soɔ, na n’ahyɛdeɛ no nyɛ den. Ɛfiri sɛ biribiara a Onyankopɔn woeɛ no di wiase so nkonim, na yei ne nkonim a yɛadi wiase soɔ, mekyerɛ yɛn gyidie. Hwan ne deɛ ɔdi wiase so nkonim sɛ deɛ ɔgye di sɛ Yesu ne Nyankopɔn ba? Oyi ne deɛ ɔnam nsuo ne mogya so baeɛ, Yesu Kristo no, na ɛnyɛ nsuo nko mu, na mmom ɛyɛ nsuo ne mogya mu. Na honhom no na ɛdi adanseɛ, ɛfiri sɛ honhom no ne nokorɛ no. Na baasa na ɛdi adanseɛ: Honhom, nsuo ne mogya, na baasa yi bɔ mu yɛ baako. Yɛgye nnipa adanseɛ a, Nyankopɔn adanseɛ so kyɛne no, na Nyankopɔn adanseɛ ne adanseɛ a wadi ne Ba ho no. Deɛ ɔgye Nyankopɔn Ba no die no wɔ adanseɛ, ɔno ara ne mu. Deɛ ɔnnye Onyankopɔn nnie no ama no adane ɔtorofoɔ, ɛfiri sɛ wannye adanseɛ a Onyankopɔn adi wɔ ne Ba ho no anni. Na yei ne adanseɛ no, sɛ Onyankopɔn ama yɛn daa nkwa, na nkwa yi wɔ ne ba no mu. Deɛ ɔwɔ Ɔba no wɔ nkwa no. Deɛ ɔnni Nyankopɔn Ba no, ɔnni nkwa no. Yeinom na matwerɛ mabrɛ mo, na moahunu sɛ mowɔ daa nkwa, na moagye Nyankopɔn Ba no din adi. Na nnam a yɛde kɔ ne nkyɛn ne sɛ, yɛsrɛ biribiara sɛdeɛ ɔpɛ a, ɔtie yɛn. Na sɛ yɛnim sɛ ɔtie yɛn deɛ yɛsrɛ no ho a, yɛnim sɛ yɛwɔ nnoɔma a yɛasrɛ no ne nkyɛn no. Sɛ obi hunu ne nua sɛ ɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owuo mu a, ɔmmɛsrɛ, na Onyankopɔn bɛma no nkwa de ama wɔn a wɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owuo mu no. Bɔne bi wɔ hɔ a ɛkɔ owuo mu; ɛno ho deɛ, menka sɛ mommɔ mpaeɛ mmisa. Deɛ ɛntene nyinaa yɛ bɔne, na bɔne bi wɔ hɔ a ɛnkɔ owuo mu. Yɛnim sɛ obiara a Onyankopɔn awo no no, ɔnyɛ bɔne, na mmom deɛ Onyankopɔn awo no no, ɔhwɛ ne ho so, na ɔbɔnefoɔ no nka no. Yɛnim sɛ, yɛfiri Onyankopɔn, na wiase nyinaa hyɛ ɔbɔnefoɔ no tumi ase. Na yɛnim sɛ Nyankopɔn Ba no aba, na wabɛma yɛn nteaseɛ a yɛde hunu ɔnokwafoɔ no. Na yɛwɔ ɔnokwafoɔ no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokorɛ Nyankopɔn ne daa nkwa no. Mma nkumaa, monwɛn nyi mo ho mfiri ahonisom ho.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Dawid ba Salomo hyɛɛ ne ho den n’ahennie ho, na AWURADE ne Nyankopɔn dii n’akyi na ɔmaa no so kɛseɛ pa ara. Na Salomo kasa kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa, mpem mpem ne ɔha ha so asafohene ne atemmufoɔ ne Israel nyinaa so mmapɔmma a wɔyɛ agyanom atitire no nyinaa. Na Salomo ne badwa a wɔka ne ho no nyinaa sii mu kɔɔ sorɔnsorɔnbea a ɛwɔ Gibeon no. Ɛhɔ na na Nyankopɔn ahyiaeɛ ntomadan a AWURADE akoa Mose yɛɛ no ɛserɛ soɔ no wɔ. (Nanso Nyankopɔn adaka no deɛ, Dawid kɔfa firii Kiriat-yearim de baa deɛ Dawid siesie maa no no, na wasi ntomadan ama no wɔ Yerusalem.) Na kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a Hur ba Uri ba Besalel yɛeɛ no si AWURADE tenabea no anim hɔ, na Salomo ne badwa no kɔhwehwɛɛ AWURADE akyiri kwan. Na Salomo bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim ahyiaeɛ ntomadan no anim no so, na ɔbɔɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ apem. Anadwo no ara na Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Srɛ deɛ memma woɔ. Ɛnna Salomo ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Wo na woyɛɛ m’agya Dawid adɔeɛ kɛseɛ, na woayɛ me ɔhene asi n’ananmu. Afei, AWURADE Nyankopɔn, ma w’asɛm ntim mma m’agya Dawid. Na wo na woasi me hene, ɔman a wɔdɔɔso sɛ asase so mfuturo soɔ. Ma me nyansa ne nimdeɛ na memfiri adi ɔman yi anim na memmra mu, na hwan na ɔbɛbu wo man kɛseɛ yi atɛn? Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Salomo sɛ: Ɛsiane sɛ yei wɔ w’akoma mu, na woammisa ahonya, akoradeɛ ne animuonyam ne w’atamfo nkwa, na nna dodoɔ nso woammisa, na mmom woabisa nyansa ne nimdeɛ, sɛ wode bɛbu me man a mayɛ wo wɔn so hene no atɛn yi, nyansa ne nimdeɛ no, wɔde ama wo na ahonya ne akoradeɛ ne animuonyam nso, mɛma wo, a ahemfo a wɔdii w’anim no nnyaa saa da, na w’akyi nso wɔrennya saa. Ɛnna Salomo firi sorɔnsorɔnbea a ɛwɔ Gibeon no ne ahyiaeɛ ntomadan no anim baa Yerusalem, na ɔdii Israel so hene. Na Salomo boaboaa nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ano, na ɔnyaa nteaseɛnam apem ahanan ne apɔnkɔsotefoɔ mpemdumienu, na ɔde wɔn duaa nteaseɛnam nkuro mu ne ɔhene nkyɛn Yerusalem. Na ɔhene maa dwetɛ ne sika yɛɛ sɛ aboɔ wɔ Yerusalem, na ntweneduro nso ɔmaa ne dodoɔ yɛɛ sɛ akyee a ɛwowɔ mpaperɛ soɔ. Na wɔkra Salomo apɔnkɔ no firi Misraim ne Kue. Kue na na ɔhene adwadifoɔ no tɔ wɔn tua ka. Na wɔde teaseɛnam a ne boɔ yɛ dwetɛ nnwetɛbena ahansia ne ɔpɔnkɔ nso a ne boɔ yɛ ɔha aduonum firi Misraim ba. Na saa na na wɔkra bi ma Hetifoɔ ahemfo nyinaa ne Siria ahemfo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Salomo bɔɔ ne tirim sɛ, ɔbɛsi efie ama AWURADE din, ne n’ahennie. Na Salomo kann nnesoafoɔ mpemaduɔson ne bepɔ so abopaefoɔ mpemaduɔwɔtwe ne wɔn so ahwɛfoɔ mpensa ahansia. Na Salomo soma maa wɔkɔɔ Tirohene Huram nkyɛn sɛ: Sɛdeɛ wo ne m’agya Dawid yɛeɛ, na wobrɛɛ no tweneduro nnua, na ɔde sii ne fie tenaa mu no, hwɛ, me nso merebɛsi efie mama AWURADE me Nyankopɔn din, na ayɛ kronkron ama no, na wɔahye aduhwam a ɛyɛ hwam n’anim, na wɔasiesie kyerɛ paanoo daa, na wɔabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ daa anɔpa ne anwummerɛ ne home nna ne abosome foforɔ ne AWURADE yɛn Nyankopɔn afahyɛ ase. Yei ne Israel amanneɛ de kɔsi daa. Na efie a merebɛsie no so, ɛfiri sɛ yɛn Nyankopɔn no so sene anyame nyinaa. Na hwan mpo na ɔbɛtumi asi efie ama no? Na ɔsoro ne ɔsoro mu soro rentumi nkora no, na hwan ne me, sɛ mɛsi efie mama no, gye aduhwam a wɔhye no n’anim? Na afei soma ɔbarima nyansafoɔ bi brɛ me, na ɔmmɛdi sika, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, ntoma a ɛberedum, koogyan ne bibire mu adwini, na ɔnim nnua mu nsemayie nso, na ɔnka adwumfoɔ a wɔwɔ me nkyɛn Yuda ne Yerusalem a m’agya Dawid asiesie wɔn asie no ho. Nanso brɛ me ntweneduro ne pepeaa ne abako nnua firi Lebanon, na menim sɛ wo nkoa nim Lebanon nnua twa, na hwɛ, me nkoa bɛka wo nkoa ho. Na wɔnsiesie nnua pii pa mma me, na efie a merebɛsie no so na ɛyɛ nwanwa. Na hwɛ wo nkoa nnuapaefoɔ no mɛma wɔn ayuo susukoraa mpemaduonu ne atokoɔ susukoraa mpemaduonu ne nsa galɔn ɔpeha du ne ngo galɔn ɔpeha du. Ɛnna Tirohene Huram twerɛɛ nwoma brɛɛ Salomo sɛ: Ɔdɔ a AWURADE dɔ ne man nti na ɔde wo asi wɔn so hene. Na Huram kaa sɛ: Nhyira ne AWURADE Israel Nyankopɔn a ɔyɛɛ ɔsoro ne asase no, sɛ wama Ɔhene Dawid ɔba nyansafoɔ a ɔnim de ne nhunumu a ɔbɛsi efie ama AWURADE, ne n’ahemfie. Na afei masoma ɔbarima nyansafoɔ a ɔwɔ nhunumu a ɔne Huram-Abi. Ɔyɛ ɔbaa bi a ɔfiri Dan mmammaa mu ba, na n’agya yɛ Tironi. Ɔnim sika ne dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, aboɔ ne nnua, ntoma a ɛbere dum, bibire ne nwera ne koogyan mu adwinni, na ɔnim nsema ahodoɔ nyinaa nso, na ɔbɛtumi adi adwini biara a wɔbɛhwehwɛ no ne hɔ, sɛ ɔmmɛka w’anyansadwumfoɔ ne me wura Dawid w’agya no, anyansadwumfoɔ ho. Na afei, ayuo ne atokoɔ ne ngo ne nsa a me wura kaeɛ no, ɔmfa mmrɛ ne nkoa no. Na yɛn deɛ, yɛbɛbu nnua afiri Lebanon sɛdeɛ ɛhia woɔ nyinaa, na yɛde ayɛ mpuna de abrɛ wo, Yopa po so, na wo nso wode aforo akɔ Yerusalem. Na Salomo kanee mmarima ahɔhoɔ a wɔwɔ Israel asase soɔ no, ɔkan a n’agya kanee wɔn no akyi, na wɔhunuu wɔn sɛ wɔyɛ mpemha aduonum mmiɛnsa ne ahansia. Na ɔyɛɛ wɔn mu mpemaduɔson nnesoafoɔ ne bepɔ so abopaefoɔ mpemaduɔwɔtwe ne ahwɛfoɔ mpensa ahansia, sɛ wɔmma nkurɔfoɔ no nyɛ adwuma.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Salomo firii aseɛ sii AWURADE fie no wɔ Yerusalem, Moria bepɔ a wɔkyerɛɛ n’agya Dawid no so, faako a Dawid hyɛeɛ, Yebusini Ornan ayuporebea hɔ. Na ɔfirii aseɛ sii no bosome a ɛtɔ so mmienu, n’ahennie afe a ɛtɔ so nnan mu. Na yei ne fapem a Salomo too sɛ ɔde resi AWURADE dan no: Ne ntwemu yɛ akane nsusuiɛ no mu basafa aduasa, na ne trɛ nso basafa du. Na ntwonoowa a ɛwɔ ɛdan no trɛ anim no, ne ntwemu yɛ basafa du, na ne korɔn, basafa aduosia. Na ɔde sika amapa duraa emu fam. Na ɛdan kɛseɛ no, ɔde pepeaa nnua kataa ho, na ɔde sika pa kataa ho, na ɔdii so adwini, mmɛ ne ntweaban. Na ɔde aboɔ a ne boɔ yɛ den duraa ɛdan no ho sɛ ahyehyɛdeɛ. Na sika no yɛ Parwaim sika. Na ɔde sika kataa ɛdan no mpuna, aponnwa, n’afasuo ne n’apono ntanta no ho. Na ɔsenee kerubim guguu afasuo no ho. Na ɔyɛɛ kronkronkronbea dan no, ne ntwemu sɛdeɛ ɛdan no trɛ teɛ yɛ basafa du, na ne trɛ yɛ basafa du, na ɔde sika pa a ano si talente ahansia kataa ho. Na deɛ wɔkari de yɛɛ nnadewa no ano si sika nnwetɛbena aduonum. Na ɔsoro adan no nso, ɔde sika kataa ho. Na kronkron mu kronkronbea dan no mu no, ɔde dua senee kerubim mmienu, na ɔde sika duraa ho. Na kerubim no ntaban ntwemu yɛ basafa du, baako ataban baako yɛ basafa mmienu ne fa, na ɛka ɛdan no fasuo, ataban baako no nso yɛ basafa mmienu ne fa na ɛka kerub baako no ataban. Na kerub baako no nso ataban yɛ basafa mmienu ne fa, na ɛka ɛdan no fasuo no, na ataban baako no nso yɛ basafa mmienu ne fa, na ɛpem kerub baako no ataban no. Kerubim yi ntaban a wɔatrɛ mu no yɛ basafa du, na wɔgyinagyina wɔn nan so, na wɔn anim hwɛ ɛdan no. Na ɔde bibire ne asaawa a ɛberedum ne koogyan ne nwera yɛɛ ntwamutam, na ɔyeyɛɛ mu kerubim. Na ɔyɛɛ ɛdan no anim adum mmienu, n’atentene, basafa dunson ne fa, na aduntire a ɛwɔ atifi no basafa mmienu ne fa. Na ɔyɛɛ ntweaban mpiakyire mu, na ɔde sensɛnee adum no atifi, na ɔyɛɛ atoaa aba nsɛsoɔ, ɔha, hyehyɛɛ ntweaban no mu. Na ɔmemaa adum no so sisii asɔredan no anim, baako wɔ nifa, na baako wɔ benkum. Na ɔtoo nifa fam deɛ no din: Yakin, na benkum fam deɛ no, ɔtoo no din: Boas.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia, ne ntwemu, basafa du, na ne trɛ, basafa du, na ne korɔn, basafa nnum. Na ɔyɛɛ dwaresɛn no kurukuruwa. Ɛfiri ano kɔsi ano yɛ basafa nnum. Na basafa mmienu ne fa ne ne korɔn, na basafa dunum homa twa ho hyia. Na ntoa nsɛsoɔ wowɔ aseɛ de twa ɛho nyinaa hyia, edu wɔ anammɔn baako ne fa mu, ɛbɔ no ho kɔntɔnkrɔn; ntoa akyerɛpɛn mmienu, wɔguu no sɛdeɛ aka no. Ɛsi anantwie dummienu so, mmiɛnsa hwɛ atifi fam, na mmiɛnsa hwɛ atɔeɛ, na mmiɛnsa hwɛ anafoɔ fam, na mmiɛnsa hwɛ apueeɛ. Na ɛpo no si wɔn so ɔsoro, na wɔn akyiri nyinaa wɔ emu fam. Na ne pipiripie yɛ nsayam trɛ, na ɔyɛɛ ano sɛ kuruwa ano, te sɛ sukooko nhwiren a ahane, na galɔn mpem dunum kɔ mu. Na ɔyɛɛ nnwaresɛn du, na ɔde nnum sisii nifa fam, na ɔde nnum nso sisii atifi fam, sɛ wɔnhohoro nnoɔma ho wɔ mu; ɔhyeɛ afɔdeɛ nnoɔma no na wɔhohoro ho wɔ mu; na ɛpo no deɛ, ɛwɔ hɔ ma asɔfoɔ, na wɔahohoro wɔn ho wɔ mu. Na ɔyɛɛ sika nkaneadua du sɛdeɛ ne yɛbea teɛ, na ɔde sisii asɔredan no mu, enum wɔ anafoɔ fam, na enum nso wɔ atifi fam. Na ɔyɛɛ apono du de sisii asɔredan no mu, enum wɔ nifa, na enum wɔ benkum. Na ɔyɛɛ sika nkoraa ɔha. Na ɔyɛɛ asɔfoɔ abannwa ne ban mu adihɔ kɛseɛ no, na ɔde apono sisii adihɔ no ano, na ɔde kɔbere mfrafraeɛ duraa apono no ho. Na ɔde ɛpo no sii atɔeɛ fa a ɛkyerɛ apueeɛ no. Na Huram yɛɛ nsenaa ne sesa adeɛ ne nkoraa no nso. Na Huram wiee adwuma a ɔyɛ maa Ɔhene Salomo Nyankopɔn fie no yɛ, adum mmienu no ne apɔ no ne adum no atifi aduntire mmienu no, ne ntentan mmienu a wɔde kataa adum no atifi ntaasotire apɔ mmienu no ho no, ne ntentan mmienu no akutuo ahanan, akutuo kyerɛpɛn mmienu yɛ ntentan baako deɛ, sɛ ɛnkata adum no so ntaasotire mmienu apɔ no ho; na ɔyɛɛ nsugyeɛ nnaka no, na ɔyɛɛ nnyinasoɔ nnaka no so nnwaresɛn no; ɛpo baako ne aseɛ anantwie dummienu no, ne nsenaa ne sesa adeɛ ne adinam no ne ɛho nnoɔma nyinaa, Huram-Abi yɛ maa Ɔhene Salomo maa AWURADE fie no, ɛyɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔabere ho hyɛnhyɛn. Yordan ho mpaperɛ so na ɔhene guu no, dɔteɛ a ɛsɔ mu, Sukot ne Sereda ntam. Na Salomo yɛɛ nnoɔma yi nyinaa bebree pa ara, na wɔnnim kɔbere mfrafraeɛ no nkariiɛ ano. Na Salomo yɛɛ Nyankopɔn fie nnoɔma no nyinaa ne sika afɔrebukyia no ne apono a kyerɛ paanoo sisi soɔ no ne nkaneadua no ne ɛho nkanea a wɔsɔ no, sɛdeɛ ne yɛbea teɛ mpiakyire no anim no, ɛyɛ sika amapa, na ɛho nhwiren ne nkanea ne adaban no yɛ sika, ne nyinaa yɛ sika ara nko. Na adumgya, nkoraa, aduhwam nkukuwa ne nsramma kukuwa no nso yɛ sika amapa kronkron, na ɛdan no ano apono a ɛwɔ emu fam kronkronkronbea ho no ne asɔrefie dan no apono no yɛ sika.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na wɔwiee adwuma a Salomo yɛ maa AWURADE fie no nyinaa. Na Salomo de n’agya Dawid akronkronneɛ no bae, na ɔde dwetɛ ne sika ne nnwinneɛ no nyinaa bɛsiee Nyankopɔn fie akoradeɛ no mu. Ɛnna Salomo boaa Israel mpanimfoɔ ne mmusuakuo no atitire ne Israelfoɔ mu agyanom mmapɔmma no ano bɛhyiaa Yerusalem, sɛ wɔrekɔfa AWURADE apam adaka no afiri Dawid kuro a ɛne Sion no mu aba. Na Israel mmarima nyinaa boaboaa wɔn ano baa ɔhene nkyɛn afahyɛ a ɛwɔ nnapɔnna a ɛne bosome a ɛtɔ so nson no mu. Na Israel mpanimfoɔ nyinaa bae. Na Lewifoɔ no bɛsoaa adaka no. Na wɔfaa adaka no ne ahyiaeɛ ntomadan no ne akronkronneɛ a ɛwɔ ntomadan no mu nyinaa bae; Lewifoɔ asɔfoɔ no na wɔde foro baeɛ. Na Ɔhene Salomo ne Israel asafo a wɔbɛhyiaa ne nkyɛn adaka no anim no nyinaa kunkumm nnwan ne anantwie a wɔn dodoɔ nti wɔantumi ankan na wɔammu ano, bobɔɔ afɔdeɛ. Na asɔfoɔ no de AWURADE apam adaka no baa mu, de bɛsii n’afa, ɛdan no mpiakyire a ɛne kronkronkronbea no mu, kerubim no ntaban ase. Na kerubim no atrɛtrɛ wɔn ntaban mu, adaka no afa no so, na kerubim no kata adaka no ne ɛho mpoma no so ɔsoro. Na mpoma no woware ma wɔhunu mpoma no ti, adaka no ho, mpiakyire no anim, na wɔnhunu wɔ adihɔ hɔ, na ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ da yi. Biribiara nni adaka no mu gye aboɔpono mmienu a Mose de guu mu Horeb, faako a AWURADE ne Israelfoɔ pameeɛ berɛ a wɔfiri Misraim asase so reba no. Na ɛbaa sɛ, asɔfoɔ no firi kronkronbea hɔ firii adie no, (na asɔfoɔ a wɔhunuu wɔn no nyinaa ayɛ wɔn ho kronkron, na wɔanni nkyekyɛmu no akyi, na Lewifoɔ nnwontofoɔ no a wɔhyɛ Asaf Heman, Yedutun ne wɔn mma ne wɔn nuanom aseɛ no nyinaa hyehyɛ nwera fɛfɛ, kurakura nnawuro ne mmɛnta ne nsankutene gyinagyina afɔrebukyia no apueeɛ fam, na asɔfoɔ ɔha aduonu ka wɔn ho rehyɛne ntotorobɛnto. Na ntotorobɛntohyɛnfoɔ ne nnwontofoɔ no yɛɛ sɛ ɔbaakofoɔ maa wɔtee ɛnne baako a wɔde reyi AWURADE ayɛ da no ase), na wɔde ntotorobɛnto ne nnawuro ne nsankuo maa nne so yii AWURADE ayɛ sɛ, “ɔyɛ na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa” no, ɛnna mununkum yɛɛ ɛdan no, AWURADE dan no ma, na mununkum no nti asɔfoɔ no antumi annyina ansom, ɛfiri sɛ na AWURADE animuonyam ayɛ ɛdan no ma.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna Salomo kaa sɛ: AWURADE aka sɛ ɔbɛtena sum kusuu mu. Na me deɛ, masi tenabea mama wo, na masiesie baabi a wobɛtena hɔ daa. Na ɔhene danee n’ani hyiraa Israel badwa no nyinaa. Na Israel badwa no nyinaa gyina hɔ. Na ɔkaa sɛ: Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn a ɔde n’ano kasa kyerɛɛ m’agya Dawid, na ɔde ne nsa ama no aba mu no sɛ: Ɛfiri da a mekɔyii me man Israel firii Misraim asase so baeɛ yi, menyii Israel mmusuakuo nyinaa mu kuro biara, sɛ wɔnsi dan na me din ntena hɔ, nanso menyii ɔbarima biara, sɛ ɔnni me man Israel so panin, na mayi Yerusalem sɛ me din ntena hɔ, na mayi Dawid sɛ ɔnni me man Israel so. Na ɛwɔ m’agya Dawid akoma mu sɛ anka ɔbɛsi dan ama AWURADE, Israel Nyankopɔn din. Na AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid sɛ: Ɛsiane sɛ na ɛwɔ w’akomam sɛ anka wobɛsi dan ama me din nti, woyɛɛ no yie sɛ na ɛwɔ w’akoma mu. Nso ɛnyɛ wo na wobɛsi dan no, na wo ba a ɔfiri w’asene mu no, ɔno na ɔbɛsi dan ama me din. Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkaeɛ no aba mu, na masɔre masi m’agya Dawid ananmu, na mete Israel ahennwa so, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no, na masi dan no mama AWURADE Israel Nyankopɔn din, na mede adaka a AWURADE apam a ɔne Israel mma pameeɛ no wɔ mu no masi hɔ. Na Salomo kɔgyinaa AWURADE afɔrebukyia no anim, Israel badwa no nyinaa anim, na ɔtrɛɛ ne nsam. Na Salomo ayɛ kɔbere mfrafraeɛ simpie bi de asi abannwa no mfimfini. Ne ntwemu basafa mmienu ne fa na ne terɛ basafa mmienu ne fa, na ne korɔn basafa baako ne fa, na ɔkɔgyinaa so. Na ɔkotoo ne nankoroma anim, Israel badwa no nyinaa anim, na ɔtrɛɛ ne nsam kɔɔ ɔsoro, na ɔkaa sɛ: AWURADE Israel Nyankopɔn, Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ wo, ɔsoro ne asase so a wokora apam ne adɔeɛ ma wo nkoa a wɔde wɔn akoma nyinaa nante w’anim no, wo na woakora deɛ woka kyerɛɛ w’akoa, m’agya Dawid, no ama no. Wode w’ano na ɛkaeɛ, na wode wo nsa ama no aba mu, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. Na afei, AWURADE Israel Nyankopɔn, kora deɛ woka kyerɛɛ w’akoa, m’agya Dawid, no so ma no, sɛdeɛ wokaa sɛ: Wɔremma onipa mmɔ no w’anim a ɔbɛtena Israel ahennwa soɔ. Hwɛ nko ara na wo mma nhwɛ wɔn akwan sɛ wɔbɛnante me mmara mu, sɛdeɛ wonantee m’anim no. Na afei, AWURADE Israel Nyankopɔn ma w’asɛm a woka kyerɛɛ w’akoa Dawid no ntim. Na ampa sɛ Onyankopɔn bɛtena nnipa nkyɛn asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na nkantom ɛdan yi a masie yi! Nanso dane w’ani kyerɛ w’akoa mpaebɔ ne ne nkotosrɛ, AWURADE me Nyankopɔn, na tie nteamu ne mpaeɛ a w’akoa reyi no w’anim yi, sɛ w’ani bɛbue akyerɛ ɛdan yi awia ne anadwo, deɛ woka sɛ wɔmfa wo din nsi hɔ no, na woatie mpaeɛ a w’akoa rebɔ wɔ ha yi. Na tie w’akoa ne wo man Israel nkotosrɛ a wɔde rebɔ mpaeɛ wɔ ha yi, na wo deɛ, firi wo tenabea ɔsoro hɔ, tie, na wote a, fa kyɛ! Sɛ obi yɛ ne yɔnko bɔne na wɔde ntam gye no sɛ ɔnka, na ntam no ba w’afɔrebukyia anim efie yi mu a, ɛnneɛ wo ara tie no ɔsoro, na yɛ, na bu wo nkoa atɛn, sɛ wobɛtua ɔbɔnefoɔ ka ama ne bɔne abua n’atifi, na woabu ɔteneneeni bem ama no sɛdeɛ ne tenenee teɛ. Sɛ wɔka wo man Israel gu wɔ atamfoɔ anim, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na wɔsane bɛbɔ wo din, na wɔbɔ mpaeɛ na wɔkoto srɛ w’anim efie yi mu a, ɛnneɛ wo ara tie no ɔsoro, na fa wo man Israel bɔne no kyɛ, na sane wɔn bra asase a wode maa wɔn ne wɔn agyanom no so. Sɛ wɔto ɔsoro mu, na osuo ntɔ, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na sɛ wɔbɛbɔ mpaeɛ kyerɛ ha yi, na wɔbɔ wo din, na wɔsane firi wɔn bɔne no ho sɛ woabrɛ wɔn aseɛ nti a, ɛnneɛ wo ara tie no ɔsoro, na fa wo nkoa ne wo man Israel bɔne no kyɛ, na kyerɛ wɔn kwan pa a wɔmfa soɔ, na ma osuo ntɔ ngu w’asase a wode maa wo man sɛ agyapadeɛ no so. Sɛ ɛkɔm ba asase yi so, sɛ ɔyaredɔm ba, sɛ ɔhoɔ ne ɔpoɔ, ntutummɛ ne mmɛbɛ ba, sɛ wɔn atamfoɔ bɛhiahia wɔn ho wɔn nkuro apono asase so a, ɔhaw biara oo, yadeɛ biara oo, ɛnneɛ mpaebɔ biara, nkotosrɛ biara a onipa biara wɔ anaa wo man Israel nyinaa wɔ, na obiara nim ne haw ne ne yea, na ɔbɛtrɛ ne nsam akyerɛ efie yi no, wo ara tie no ɔsoro, wo tenabea hɔ, na fa kyɛ, na ma onipa no sɛdeɛ n’akwan nyinaa teɛ, sɛdeɛ wohunu n’akoma no. Na wo ara, wo nko ara na wonim nnipa mma akoma mu, deɛ ɛbɛyɛ na wɔasuro woɔ, na wɔanante w’akwan soɔ nna a wɔde bɛtena asase a wode maa yɛn agyanom no soɔ no nyinaa. Afei nso ɔhɔhoɔ a ɔmfiri wo man Israel mu, na ɔfiri akyirikyiri asase bi so aba, wo din kɛseɛ ne wo nsa denden ne wo basa a woatene no nti no, sɛ ɔba bɛbɔ mpaeɛ ɛdan yi mu a, ɛnneɛ wo ara tie no ɔsoro, wo tenabea hɔ, na yɛ no sɛdeɛ ɔhɔhoɔ no su frɛ woɔ no nyinaa, deɛ ɛbɛyɛ na asase so amanaman nyinaa ahunu wo din, na wɔasuro wo sɛ wo man Israel, na wɔahunu sɛ wo din na wɔde frɛ efie a masie yi. Sɛ wo man firi adi ne wɔn atamfoɔ kɔdi ako ɔkwan a wobɛsoma wɔn so, na wɔbɔ wo mpaeɛ kyerɛ kuro a woayie ne ɛdan a masi ama wo din yi a, ɛnneɛ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ no ɔsoro, na di wɔn asɛm ma wɔn. Sɛ wɔyɛ wo bɔne, (ɛfiri sɛ onipa bi nni hɔ a ɔnyɛ bɔne,) na wofa wɔn ho abufuo na woyi wɔn ma wɔn atamfoɔ, na ɛdɔm soa wɔn kɔ asase bi so a, akyirikyiri oo, mmɛnkyɛneeɛ oo, na wɔma no ka wɔn akoma, asase a wɔafa wɔn akɔ hɔ no so, na wɔdane wɔn ho koto srɛ wo wɔn nnommumfafoɔ asase no so sɛ: Yɛayɛ bɔne, yɛafom na yɛadi abɔnefosɛm, na wɔde wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa sane ba wo nkyɛn, wɔn nnommumfafoɔ asase a wɔafa wɔn akɔ hɔ no so, na wɔbɔ mpaeɛ kyerɛ wɔn asase a wode maa wɔn agyanom ne kuro a woayie ne efie a masi ama wo din yi a, ɛnneɛ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ ɔsoro, wo tenabea hɔ, na di wɔn asɛm ma wɔn, na fa wo man bɔne a wɔayɛ woɔ no kyɛ wɔn. Afei, me Nyankopɔn, ma w’aniwa mmue ɛ, na yɛ aso ma ɛha yi mpaebɔ. Na afei, AWURADE Nyankopɔn, sɔre hyɛne wo homebea no mu, wo ne wo tumi adaka no. W’asɔfoɔ no, AWURADE Nyankopɔn, ma wɔnhyɛ nkwagyeɛ, na w’adɔeɛ nnipa ani nnye wo papa mu. AWURADE Nyankopɔn, nyi w’ani mfiri deɛ woasra no no so. Kae adɔeɛ a wode yɛɛ w’akoa Dawid no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Salomo wiee ne mpaebɔ no, ogya firi soro ba bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ no, na AWURADE animuonyam bɛyɛɛ asɔredan no ma. Na asɔfoɔ no antumi anhyɛne AWURADE dan no mu, ɛfiri sɛ na AWURADE animuonyam no ayɛ AWURADE dan no ma. Na Israel mma no nyinaa hunuu sɛ ogya ne AWURADE animuonyam aba efie no soɔ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam aboɔ nsɛeɛ no so sɔree, na wɔdaa AWURADE ase sɛ, “ɔyɛ na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa”. Na ɔhene ne ɔman no nyinaa bɔɔ okum afɔdeɛ AWURADE anim. Na Ɔhene Salomo de anantwie mpemaduonu mmienu ne nnwan mpemha aduonu bɔɔ okum afɔdeɛ, na ɔhene ne ɔman no nyinaa dwiraa Nyankopɔn fie no ho. Na asɔfoɔ no gyinagyina hɔ, wɔn som nnwuma so, na Lewifoɔ no nso kurakura AWURADE nsankuo a Ɔhene Dawid yɛeɛ sɛ wɔmfa nna AWURADE ase, sɛ n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, berɛ a Dawid nam wɔn so yii AWURADE ayɛ no. Na asɔfoɔ no hyenhyɛnee ntotorobɛnto, wɔn ntentensoɔ, na Israel nyinaa gyinagyina hɔ. Na Salomo yɛɛ abannwa a ɛwɔ AWURADE dan no anim no kronkron, na ɛhɔ na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na ɔhyee asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no, ɛfiri sɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a Salomo yɛeɛ no, na ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne sradeɛ nam no nsene so. Ɛberɛ no mu no, Salomo dii nnapɔnna no nnanson, na Israel nyinaa ka ne ho, asafo kɛseɛ pa ara a wɔfiri deɛ wɔrekɔ Hamat kɔsi Misraim subonhwa ano. Na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiamu, na afɔrebukyia no dwira, wɔdii no nnanson, ne nnapɔnna no nso, nnanson. Na bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no, ɔgyaa ɔman no kwan maa wɔkɔɔ wɔn afie. Na wɔn ani gyee na wɔn bo tɔɔ wɔn yam, adepa a AWURADE ayɛ Dawid ne Salomo ne ne man Israel no nti. Na Salomo wiee AWURADE fie ne ɔhene fie no. Na deɛ ɛbaa Salomo akoma mu sɛ ɔbɛyɛ AWURADE fie ne ne fie mu no nyinaa wiee yie. Na AWURADE bɛyii ne ho kyerɛɛ Salomo anadwo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mate wo mpaebɔ, na mayi ha afa sɛ afɔrebɔ fie. Hwɛ, sɛ meto ɔsoro mu na osuo ntɔ, na sɛ mehyɛ ntutummɛ sɛ wɔmmɛdi asase no, na sɛ mede ɔyaredɔm ba me man mu, na sɛ me man a wɔabɔ me din wɔ wɔn soɔ no brɛ wɔn ho ase na wɔbɔ mpaeɛ, na wɔhwehwɛ m’anim, na wɔsane firi wɔn akwammɔne no so a, me nso mɛfiri ɔsoro matie, na mede wɔn bɔne akyɛ, na masa wɔn asase no yadeɛ. Afei m’ani bɛbue na mayɛ aso mama ɛha yi mpaebɔ. Na afei mafa efie yi ayɛ no kronkronbea, sɛ me din ntena hɔ nkɔsi daa, na m’ani ne m’akoma bɛtena hɔ nna nyinaa. Na wo deɛ, sɛ wonante m’anim sɛdeɛ w’agya Dawid nanteeɛ, sɛ wobɛyɛ deɛ mahyɛ woɔ nyinaa na woadi m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ so a, ɛnneɛ mɛma w’ahennie adwa atim, sɛdeɛ me ne w’agya Dawid pam sɛ meremma onipa a ɔbɛdi Israel soɔ mmɔ no no. Na sɛ wo ne wo nkurɔfoɔ sane na mogya m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm a mede magu mo anim yi, na mokɔ kɔsom anyame foforɔ, na mosɔre wɔn a, ɛnneɛ mɛtu mo afiri m’asase a mede memaa mo no so, na efie a mayɛ no kronkron ama me din yi, mɛto afiri m’anim atwene, na mede ayɛ ɛbɛ ne ɛfene aman nyinaa mu. Na ɛdan a ɛkorɔn kɔ soro yi, obiara a ɔtwam ho no ho bɛdwiri no na waka sɛ: Ɛnam deɛn so nti na AWURADE ayɛ asase yi ne efie yi saa? Na wɔbɛka sɛ: Ɛfiri sɛ wɔagya AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim asase soɔ no, na wɔakɔsosɔ anyame foforɔ mu asɔre wɔn asom wɔn, enti na ɔde mmusuo yi nyinaa aba wɔn soɔ yi.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Salomo de mfeɛ aduonu sisii AWURADE fie ne ne fie no wieeɛ no, ɔkyekyeree nkuro a Huram de maa no no, na ɔmaa Israelfoɔ kɔtenaa hɔ. Na Salomo sii mu kɔɔ Hamat-soba kɔdii so. Na ɔkyekyeree Tadmor wɔ ɛserɛ so ne adekora nkuro a ɔkyekyeree no Hamat no nyinaa. Na ɔkyekyeree atifi Bet-horon ne anafoɔ Bet- horon, nkuro a ɛyɛ den a ɛwɔ afasuo ne apono ne apono akyi adaban; ne Baalat ne adekora nkuro a Salomo wɔ no nyinaa ne nteaseɛnam nkuro nyinaa ne apɔnkɔsotefoɔ nkuro ne deɛ Salomo pɛɛ sɛ ɔkyekyeree no Yerusalem ne Lebanon ne n’ahennie asase no nyinaa so. Nso nkurɔfoɔ a wɔkaeɛ no a wɔfiri Hetifoɔ ne Amorifoɔ ne Perisifoɔ ne Hewifoɔ ne Yebusifoɔ mu a wɔmfiri Israelfoɔ no mu no nyinaa, wɔn mma a wɔkaa wɔn akyi wɔ asase no soɔ, a Israelfoɔ annwerɛ wɔn no mu bi, na Salomo gyee wɔn ɔhyɛ adwumayɛ toɔ de bɛsi nnɛ da yi. Na Israelfoɔ no mu deɛ, Salomo amfa obiara anyɛ akoa n’adwuma mu. Na wɔne n’akofoɔ ne n’akunini so asafohene, ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ so asafohene. Na yeinom ne adwumayɛfoɔ a Ɔhene Salomo wɔ no so asafohene, nnipa ahanu aduonum a wɔdii nkurɔfoɔ no soɔ. Na Farao babaa no deɛ, Salomo de no firii Dawid kuro no mu baa efie a wasi ama no no mu, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: Me yere nntena Israelhene Dawid fie, ɛfiri sɛ deɛ AWURADE adaka no aba no yɛ kronkron. Ɛno mu na Salomo bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE wɔ AWURADE afɔrebukyia a ɔsii no ntwonoowa no anim no soɔ, sɛdeɛ ɛhia da biara no, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no, home nna deɛ ne abosome foforɔ deɛ; ne afahyɛ ahodoɔ mmiɛnsa a wɔhyɛ no afe biara, a ɛne: Apiti nnapɔnna, adapɛn nnapɔnna ne asese nnapɔnna. Na sɛdeɛ n’agya Dawid atorɔmudeɛ teɛ no, ɔde asɔfoɔ no nkyekyɛmu no sisii wɔn som so, ne Lewifoɔ no nso, wɔn som nnwuma so, sɛ wɔnyi ayɛ na wɔnsom asɔfoɔ no anim, sɛdeɛ ɛhia da biara; ne apono ano hwɛfoɔ no, wɔn nkyekyɛmu mu, ɛpono ne ɛpono ano, na saa na Nyankopɔn nipa Dawid hyɛeɛ. Na wɔamfiri ɔhene mmara asɛm a ɛda asɔfoɔ ne Lewifoɔ no soɔ no ho, nsɛm nyinaa ne akoradeɛ no fam. Sei na wɔwiee Salomo adwuma no nyinaa; ɛfiri da a wɔtoo AWURADE fie fapem de kɔsi sɛ wɔwieeɛ. Sɛ wɔyɛɛ AWURADE fie no nie. Ɛno na Salomo kɔɔ Esion-geber ne Elot mpoano wɔ Edom asase so. Na Huram nam ne nkoa so de ahyɛn ne nkoa a wɔnim po ho asɛm brɛɛ no, na wɔne Salomo nkoa kɔɔ Ofir, na wɔkɔfaa sika dwetikɛseɛ ahanan aduonum firi hɔ de brɛɛ Ɔhene Salomo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Seba hemmaa tee Salomo nka no, ɔbaa sɛ ɔde nsɛm a emu yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ. Na ɔne asafo yuu pa ne yoma a wɔsoso nnuhwam ne sika pii pa, ne abohene baa Yerusalem. Na ɔduruu Salomo nkyɛn no, ɔne no bɔɔ deɛ ɛwɔ n’akomam nyinaa ho nkɔmmɔ. Na Salomo buaa no ne nsɛm nyinaa, na asɛm biara anhunta Salomo a wanka ankyerɛ no. Na Seba hemmaa no hunuu Salomo nyansa ne efie a wasie ne ne pono so nnuane, ne ne nkoa atenaeɛ, ne n’asomfo agyinaeɛ ne wɔn ntadeɛ, ne ne nsahyɛfoɔ ne wɔn ntadeɛ, ne n’aforoeɛ a ɔnam so kɔ AWURADE fie no, ne ho dwirii no. Na ɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Wo nneyɛɛ ne wo nyansa ho asɛm a metee no m’asase soɔ no yɛ nokorɛ, na mannye wɔn nsɛm no manni de bɛsii sɛ mebaeɛ, na mede m’ani mabɛhunu yi. Na hwɛ, wɔanka me wo nyansa so a ɛso no mu fa mpo, wosene wo ho nsɛm a meteeɛ no. Nhyira ne wo nnipa, na nhyira ne wo nkoa yi a wɔgyinagyina w’anim daa yi, sɛ daa wɔte wo nyansa no. Nhyira nka AWURADE wo Nyankopɔn a ɔpɛ w’asɛm na ɔde wo atena n’adwa so sɛ di hene ma AWURADE wo Nyankopɔn. Sɛ wo Nyankopɔn dɔ Israel, sɛ ɔde no bɛtim hɔ de akɔsi daa nti, na ɔde wo asi wɔn so hene, sɛ yɛ atemmudeɛ ne teneneedeɛ. Na ɔmaa ɔhene sika dwetikɛseɛ ɔha aduonu ne nnuhwam pii pa ara ne abohene, na nnuhwam a ɛte sɛ deɛ Seba hemmaa no de maa Ɔhene Salomo no so bi amma bio. Na Huram nkoa ne Salomo nkoa a wɔde sika firi Ofir baeɛ no nso de abako nnua ne abohene bae. Na ɔhene de abako nnua no yɛɛ AWURADE fie ne ɔhene fie ntrapoe ne nsankutene ne mmɛnta maa nnwontofoɔ no. Na wɔnhunuu saa nnoɔma no bi pɛn wɔ Yuda asase so. Na Ɔhene Salomo maa Seba hemmaa no n’adeɛ a ɔpɛ a ɔbisaeɛ no nyinaa, ɛsono deɛ ɔde brɛɛ ɔhene no. Ɛnna ɔno ne ne nkoa sane sii mu kɔɔ n’asase soɔ. Nso sika a na ɛba Salomo nsam afe baako mu duro yɛ sika dwetikɛseɛ ahansia aduosia nsia, ɛsono deɛ ɛfiri adwadifoɔ hɔ, ne deɛ abatafoɔ de ba. Na Arabia ahemfo nyinaa ne asase no so amradofoɔ no nso de sika ne dwetɛ brɛɛ Salomo. Na Ɔhene Salomo de sika a wɔaborɔ yɛɛ akyɛm akɛseɛ ahanu, sika a wɔaborɔ nnwetɛbena ahansia na ɔde duraa akyɛm no mu biara ho. Na ɔyɛɛ sika a wɔaborɔ akyɛm ahasa, sika nnwetɛbena ahasa na ɔde duraa akyɛm no mu biara ho. Na ɔhene de kɔsiee Lebanon Kwaeɛ dan no mu. Na ɔhene de asonse yɛɛ ahennwa kokuroo, na ɔde sika amapa duraa ho; na adwa no wɔ ntrapoe nsia, na sika ntiasoɔ wɔ adwa no ho a wɔabobɔ mu, na nsa wowɔ ɛha ne ha, atenaeɛ no ho, na agyata mmienu gyinagyina nsa no ho; na agyata dummienu gyinagyina hɔ wɔ ntrapoe nsia no so ɛha ne ha. Wɔnyɛɛ saa bi da ahennie biara mu. Na Ɔhene Salomo nnoɔma a ɔnom mu nyinaa yɛ sika, na Lebanon Kwaeɛ dan mu nnoɔma nyinaa yɛ sika amapa, dwetɛ nni mu. Wɔmmu dwetɛ hwee Salomo berɛ so. Na ɔhene wɔ ahyɛnkuo a ɛne Huram nkoa no kɔ Tarsis; mfeɛ mmiɛnsa biara Tarsis ahyɛn no ba prɛko de sika ne dwetɛ, asonse ne nkontromfi ne nkokɔnini-abankwaa ba. Na Ɔhene Salomo so senee asase so ahemfo nyinaa, adedodoɔ ne nyansa fam. Na asase so ahemfo nyinaa hwehwɛɛ sɛ wɔbɛhunu Salomo anim na wɔate nyansa a Onyankopɔn de ahyɛ n’adwene mu no bie. Na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ ba mmaako mmaako, dwetɛ nnoɔma ne sika nnoɔma ne ntadeɛ, akodeɛ ne nnuhwam, apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ, afe biara ne ne deɛ. Na Salomo wɔ apɔnkɔ adan mpemnan ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ mpem dummienu, na ɔde wɔn tenatenaa nteaseɛnam nkuro mu, ne ɔhene nkyɛn wɔ Yerusalem. Na ɔdii ahennie nyinaa so de firi Asuo Eufrate ano de kɔsii Filistifoɔ asase so ne Misraim hyeɛ so. Na ɔhene maa dwetɛ yɛɛ sɛ aboɔ, Yerusalem, na ntweneduro nso, ɔmaa no yɛɛ sɛ akyee nnua a ɛwɔ mpaperɛ soɔ no dodoɔ. Na wɔkraa apɔnkɔ firii Misraim ne nsase nyinaa so brɛɛ Salomo. Na Salomo ho nsɛm nkaeɛ, akane deɛ ne akyire yi deɛ no, wɔantwerɛ no Odiyifoɔ Natan nsɛm ne Siloni Ahia adiyisɛm ne Odehwɛfoɔ ldo adehwɛ a ɔhwɛɛ no Nebat ba Yeroboam ho no mu? Na Salomo dii Israel nyinaa so hene Yerusalem mfirinhyia aduanan. Na Salomo tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no n’agya Dawid kuro mu. Na ne ba Rehoboam bɛdii n’adeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Rehoboam sii mu kɔɔ Sekem, deɛ na Israelfoɔ nyinaa aba sɛ wɔrebɛsi no hene. Na Nebat ba Yeroboam a ɔwɔ Misraim, (deɛ ɔfiri Ɔhene Salomo anim dwane kɔeɛ no, tee). Ɛnna Yeroboam sane firii Misraim baeɛ. Na wɔsoma maa wɔkɔhyiaa no bae, na Yeroboam ne Israel nyinaa ba bɛka kyerɛɛ Rehoboam sɛ: W’agya maa yɛn kɔnnua yɛɛ duru papa, na afei yi w’agya ɔsom denden, ne ne kɔnnua duruduro a ɔde too yɛn soɔ no ma no nyɛ hare, na yɛnsom wo. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdi nnansa a, monsane mmra me nkyɛn bio. Na ɔman no kɔe. Na Ɔhene Rehoboam ne mpanimfoɔ a n’agya Salomo da so te aseɛ no, na wɔsom no sɛ afotufoɔ no tuu agyina sɛ: Ɛfoɔ bɛn na moretu me na mede makɔbua ɔman yi? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ ɔman yi yie, na wosɔ wɔn ani, na woka wɔn nsɛm pa a, ɛnneɛ wɔbɛyɛ wo nkoa nna nyinaa. Na ɔgyaa mpanimfoɔ no fo a wɔtuu no no, na ɔne mmɔfra a wɔne no nyiniiɛ a wɔsom no no kɔtuu agyina, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛfoɔ bɛn na mo nso moretuo, na yɛde akɔbua ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ me sɛ: Yi kɔnnua a w’agya de too yɛn soɔ no so ma no nyɛ hare, no? Na mmɔfra a wɔne no nyiniiɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Sei na ka kyerɛ ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ wo sɛ: W’agya maa yɛn kɔnnua yɛɛ duru, na wo deɛ, yɛ no hare ma yɛn, no, sei na ka kyerɛ wɔn: Me kɔkorɔmmɔto so sene m’agya asene. Na sɛ, m’agya de kɔnnua duruduro soaa mo a, me deɛ, mɛto mo kɔnnua no so; m’agya de mpire na ɛhwee mo a, me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛhwe mo. Na Yeroboam ne ɔman no nyinaa baa Rehoboam nkyɛn da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, sɛdeɛ ɔhene kaa sɛ: Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, monsane mmra me nkyɛn, no. Na ɔhene no de asɛm denden buaa wɔn, na Ɔhene Rehoboam gyaa mpanimfoɔ no fo a wɔtuu no no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ mmɔfra no tuu no foɔ no sɛ: M’agya maa mo kɔnnua yɛɛ duru, na me deɛ, mɛto so, m’agya de mpire na ɛhwee mo, na me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛhwe mo. Na ɔhene no antie ɔman no, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na ɔdanee no saa, sɛdeɛ AWURADE bɛma n’asɛm a ɔnam Siloni Ahia so ka kyerɛɛ Nebat ba Yeroboam no aba mu. Na Israel nyinaa hunuu sɛ ɔhene no antie wɔn no, ɔman no buaa ɔhene no sɛ: Kyɛfa bɛn na yɛwɔ no Dawid mu? Na yɛnni agyapadeɛ biara nso Yisai ba no mu. O Israel, monkɔ mo afie! Afei, Dawid, hwɛ wo ara wo fie so. Ɛnna Israel nyinaa sii mu kɔɔ wɔn afie mu. Na Israelfoɔ a na wɔtete Yuda nkuro mu no deɛ, Rehoboam dii wɔn so hene. Na Ɔhene Rehoboam somaa Hadoram a ɔdi adwuma toɔ soɔ no, na Israelfoɔ no sii no aboɔ maa ɔwuiɛ. Ɛnna Ɔhene Rehoboam yɛɛ ntɛm foroo teaseɛnam sɛ ɔredwane akɔ Yerusalem. Na Israel wae firii Dawid fie ho de bɛsi nnɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Rehoboam duruu Yerusalem no, ɔboaa Yuda ne Benyamin fiefoɔ no nyinaa ano hyiae, nnipa a wɔayi wɔn akofoɔ mpemha aduɔwɔtwe, sɛ ɔne Israel rekɔko na wɔadane ahennie no ama Rehoboam. Na AWURADE asɛm baa Nyankopɔn nipa Semaia nkyɛn sɛ: Ka kyerɛ Salomo ba Rehoboam, Yuda hene, ne Israelfoɔ a wɔwɔ Yuda ne Benyamin nyinaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Mommforo nnkɔ, na mo ne mo nuanom nnkɔko. Monsane nkɔ mo afie, na me na asɛm yi firi me. Na wɔtiee AWURADE asɛm no, na wɔne Yeroboam ankɔko. Na Rehoboam tenaa Yerusalem. Na ɔkyekyeree nkuro maa no yɛɛ den wɔ Yuda, na ɔkyekyeree Betlehem, Etam, Tekoa, Bet-sur, Soko, Adulam, Gat, Maresa, Sif, Adoraim, Lakis, Aseka, Sora, Ayalon ne Hebron a ɛyɛ Yuda ne Benyamin mu nkuro a ɛyɛ den no. Na ɔhyehyɛɛ nkuro no den, na ɔde asafohene ne aduane ne ngo ne nsa akoradeɛ kokɔɔ mu. Na ɔde akyɛm ne mpea hyehyɛɛ nkuro no nyinaa mu, na ɔhyehyɛɛ nkuro no den pa ara. Sɛ ɔdii Yuda ne Benyamin so ne no. Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ a na wɔwɔ Israel nyinaa mu firi wɔn ahyeɛ nyinaa so bɛgyinaa n’akyi. Na Lewifoɔ no gyigyaa wɔn nkuro ho mmoa adidibea nsase ne wɔn agyapadeɛ, na wɔbaa Yuda ne Yerusalem, ɛfiri sɛ Yeroboam ne ne mma tutuu wɔn sɛ wɔnnni AWURADE asɔfoɔ, na ɔhyehyɛɛ n’asɔfoɔ maa sorɔnsorɔmmea no ne mpapo ne anantwie mma a ɔyɛeɛ no. Na wɔn akyiri no, wɔn a wɔde akoma maa sɛ wɔbɛhwehwɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no fifirii Israel mmusuakuo nyinaa mu baa Yerusalem, sɛ wɔrebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no. Na wɔmaa Yuda ahennie no yɛɛ den, na wɔhyɛɛ Salomo ba Rehoboam den mfirinhyia mmiɛnsa, ɛfiri sɛ wɔnantee Dawid ne Salomo kwan so mfeɛ mmiɛnsa. Na Rehoboam waree Mahalat a ɔyɛ Dawid ba Yerimot babaa, ne Abihail a ɔyɛ Yisai ba Eliab babaa, na ɔwoo mma, Yeus ne Semaria ne Saham maa no. Na ɛno akyiri no, ɔwaree Absalom ba Maaka, na ɔwoo Abia ne Atai ne Sisa ne Selomit maa no. Na Rehoboam dɔ Absalom ba Maaka sene ne yerenom ne ne mpenafoɔ nyinaa, (na ɔwaree yerenom dunwɔtwe ne mpenafoɔ aduosia, na ɔwowoo mmammarima aduonu nwɔtwe ne mmammaa aduosia). Na Rehoboam de Maaka ba Abia yɛɛ ne nuanom no mu tire ne panin, na ɔpɛɛ sɛ ɔsi no hene. Na ɔdii no nyansam, na ɔde ne mmammarima no nyinaa mu binom sisii Yuda ne Benyamin nsase no nyinaa so nkuro a ɛyɛ den no nyinaa mu, na ɔde akɔnhomabɔdeɛ bebree maa wɔn, na ɔgyegyee mmaa bebree aware memaa wɔn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Rehoboam ahennie timiiɛ, na ɔyɛɛ den no, ɔgyaa AWURADE mmara, na Israel nyinaa ka ne ho. Na Ɔhene Rehoboam afe a ɛtɔ so nnum no Misraimhene Sisak foro baa Yerusalem so, ɛfiri sɛ na wɔafom AWURADE. Ɔde nteaseɛnam apem ahanu ne apɔnkɔsotefoɔ mpemaduosia bae, na ɛdɔm a wɔne no baeɛ no nni ano, wɔfiri Misraim: Libiafoɔ, Sukifoɔ ne Etiopiafoɔ. Na ɔgyee Yuda nkuro a ɛyɛ den no, na ɔbɛduruu Yerusalem. Ɛnna Odiyifoɔ Semaia baa Rehoboam ne Yuda mmapɔmma a wɔaboa wɔn ano aba Yerusalem afiri Sisak anim no nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Mo deɛ, moagya me, na me nso magyaa mo ahyɛ Sisak nsa. Ɛnna Israel mmapɔmma ne ɔhene no brɛɛ wɔn ho aseɛ, na wɔkaa sɛ: Ɔteneneeni ne AWURADE. Na AWURADE hunuu sɛ wɔabrɛ wɔn ho aseɛ no, AWURADE asɛm baa Semaia nkyɛn sɛ: Wɔabrɛ wɔn ho ase nti, merensɛe wɔn, na ɛyɛ kakra a mɛma wɔafiri mu afi, na m’abufuo amfa Sisak nsa so anhwie angu Yerusalem so. Nanso wɔbɛyɛ no nkoa, na wɔahunu me som ne nsase so ahennie som no. Na Misraimhene Sisak foro baa Yerusalem bɛfaa AWURADE fie akoradeɛ ne ɔhene fie akoradeɛ no, — ne nyinaa na ɔfaeɛ, — na ɔfaa sika akyɛm a Salomo yɛeɛ no nso. Na Ɔhene Rehoboam yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ akyɛm sisii ananmu, na ɔde hyehyɛɛ awɛmfoɔ a wɔwɛn ɔhene fie pono ano no asafohene no nsa. Na da biara a ɔhene ba AWURADE fie no, awɛmfoɔ no bɛsoa kɔ na wɔde asane aba awɛmfoɔ no dan mu. Na ɛnam sɛ ɔbrɛɛ ne ho aseɛ nti, AWURADE abufuo no sane firii ne so, sɛ ɔrensɛe no nwie; na ɔmannwoeɛ wɔ Yuda mu nso. Na Ɔhene Rehoboam hyɛɛ ne ho den wɔ Yerusalem, na ɔdii hene. Na ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduanan baako, na ɔdii hene mfirinhyia dunson wɔ Yerusalem a ɛne kuro a AWURADE yii Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni. Na ɔyɛɛ bɔne, na wamfa n’akoma anhwehwɛ AWURADE. Na Rehoboam ho nsɛm, kane deɛ ne akyire yi deɛ nso, wɔantwerɛ no Odiyifoɔ Semaia ne ɔdehunufoɔ Ido nsɛm mu antoatoa so? Na akodie daa Rehoboam ne Yeroboam ntam nna nyinaa. Na Rehoboam tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Dawid kuro no mu. Na ne ba Abia bɛdii n’adeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɔhene Yeroboam afe a ɛtɔ so dunwɔtwe soɔ no, Abia bɛdii Yuda so hene. Mfeɛ mmiɛnsa na ɔdii hene Yerusalem, na ne na din de Mikaia, Uriel ba a ɔfiri Gibea. Na ɛko baa Abia ne Yeroboam ntam. Na Abia de mmarima akofoɔ dɔm a ano si nnipa a wɔayi wɔn mpemahanan kɔɔ ɔsa no, na Yeroboam de nnipa mpemahanwɔtwe, mmarima a wɔtumi wɔn ho a wɔayi wɔn ne no de bɛbɔɔ ani. Na Abia sɔree Semaraim bepɔ a ɛwɔ Efraim mmepɔ soɔ no atifi, na ɔkaa sɛ: Yeroboam ne Israel nyinaa, montie me. Ɛnyɛ mo deɛ, sɛ mobɛhunu sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no de Israel so ahennie ama Dawid, de rekɔsi daa sɛ nkyene apam ama ɔno ne ne mma anaa? Na Nebat ba Yeroboam a ɔyɛ Dawid ba Salomo akoa no asɔre ate ne wuranom so atua, na nnipa hunu ahuhufoɔ ne no boom hyɛɛ wɔn ho den tiaa Salomo ba Rehoboam, na Rehoboam yɛ abɔfra, na n’akoma yɛ mmerɛ, na wanhyɛ ne ho den wɔn anim. Na afei, mo deɛ, mose mobɛhyɛ mo ho den, AWURADE ahennie a ɛwɔ Dawid mma nsam no anim, na moyɛ asafo yuu, na mowɔ sika anantwie a Yeroboam ayɛ ama mo sɛ anyame. Montutuu AWURADE asɔfoɔ, Aaron mma no ne Lewifoɔ no na monyɛɛ asɔfoɔ mfaeɛ sɛ nsase so aman no? Obiara a ɔde nantwinini ba, anaa adwennini nson ba sɛ ɔrebɛdwira ne ho no bɛyɛ ɔsɔfoɔ ma deɛ ɛnyɛ anyame. Na yɛn deɛ, AWURADE ne yɛn Nyankopɔn, na yɛnnyaa no, na asɔfoɔ a wɔsom AWURADE no yɛ Aaron mma, na Lewifoɔ no kura wɔn adwuma mu. Na wɔhye ɔhyeɛ afɔdeɛ ma AWURADE daa anɔpa ne anwummerɛ ne ɔhyeɛ aduhwam no. Na wɔsiesie kyerɛ paanoo wɔ ɔpono kronkron no so, na sika kaneadua ne ne kanea no, wɔsɔ no daa anwummerɛ. Na yɛn deɛ, yɛyɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ahyɛdeɛ no, na mo deɛ, moagya no. Na hwɛ, Onyankopɔn ka yɛn ho, di kan, ne n’asɔfoɔ a wɔhyɛne osebɔ ntotorobɛnto, sɛ wɔde bɛfrɛ ɔko atia mo. Israel mma, mo ne AWURADE mo agyanom Nyankopɔn no nnko, na ɛrensi mo yie. Na Yeroboam maa atɛfoɔ buu wɔn ho braka na wɔabɛfiri wɔn akyi. Na wɔwɔ Yuda anim, na atɛfoɔ no wɔ wɔn akyire. Na Yuda danedanee wɔn ani no, na hwɛ, ɛdɔm no wɔ anim ne akyire. Ɛnna wɔteaa mu frɛɛ AWURADE, na asɔfoɔ no hyenhyɛnee ntotorobɛnto. Na Yuda mmarima no bɔɔ ose. Na ɛbaa sɛ Yuda mmarima no bɔɔ ose no, Onyankopɔn kaa Yeroboam ne Israel nyinaa gui, Abia ne Yuda anim. Na Israelfoɔ no dii nkoguo wɔ Yuda anim, na Onyankopɔn de wɔn hyɛɛ wɔn nsa. Na Abia ne ne man kunkumm wɔn okumkɛseɛ, na asraafoɔ a wɔtotɔɔ Israel mu yɛ nnipa a wɔayi wɔn mpemahanum. Na wɔbrɛɛ Israelfoɔ no ase berɛ no mu, na Yudafoɔ no ho yɛɛ den, ɛfiri sɛ na wɔtwere wɔn agyanom Nyankopɔn no. Na Abia tii Yeroboam, na ɔkɔgyee ne nsam nkuro, Betel ne ɛho nkurowa ne Yesana ne ɛho nkurowa ne Efron ne ɛho nkurowa. Na Yeroboam annya tumi biara bio Abia berɛ so. Na AWURADE kaa no maa no wui. Na Abia hyɛɛ ne ho den, na ɔwarewaree yerenom dunan, na ɔwowoo mmammarima aduonu mmienu ne mmammaa dunsia. Na Abia ho nsɛm nkaeɛ ne n’akwan ne ne nsɛm, wɔatwerɛ no Odiyifoɔ Ido nkyerɛaseɛ nwoma no mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Abia tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Dawid kuro mu, na ne ba Asa bɛdii n’adeɛ. Ne berɛ so na asase no so dwoo mfeɛ du. Na Asa yɛɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene AWURADE ne Nyankopɔn ani so, na ɔyiyii ananafoɔ afɔrebukyia ne sorɔnsorɔmmea no, na ɔdwirii adum no, na ɔtwitwaa Asera nnua no gui. Na ɔhyɛɛ Yuda sɛ wɔnhwehwɛ AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wɔnni ne mmara ne n’ahyɛdeɛ no so. Na ɔyiyii Yuda nkuro nyinaa so sorɔnsorɔmmea ne nnuhwam afɔremmukyia no. Na ahennie no mu dwoe wɔ n’ase. Na ɔkyekyeree nkuro a ɛyɛ den Yuda, ɛfiri sɛ asase no so dwoe, na wanko ɔko biara mfeɛ no mu, ɛfiri sɛ AWURADE maa no ɔhome. Na ɔka kyerɛɛ Yuda sɛ: Momma yɛnkyekyere nkuro yi, na yɛmfa ɔfasuo ne aban atentene, apono ne adaban ntwa ho nhyia. Asase yi da so da yɛn anim, ɛfiri sɛ yɛahwehwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn. Yɛahwehwɛ no, na wama yɛn ɔhome afa nyinaa ahyia. Na wɔkyekyeree, na ɛsii wɔn yie. Na Asa wɔ dɔm a wɔkura akyɛm ne mpea mu, Yuda mu nnipa mpemahasa ne Benyamin mu nnipa a wɔkura akyɛm mu na wɔkuntunu tadua, mpemahanu aduɔwɔtwe, mmarima a wɔtumi wɔn ho ara nko. Na Etiopiani Sera de dɔm a ano si apem ahodoɔ apem ne nteaseɛnam ahasa tu baa wɔn so, na ɔbɛduruu Maresa. Na Asa firii adi kɔhyiaa no, na wɔbaee wɔn mpasua mu wɔ Sefata bonhwa mu, Maresa ho. Na Asa frɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn sɛ: AWURADE, ɛnyɛ adeɛ bi mma wo sɛ wobɛboa wɔn a wɔdɔɔso anaa wɔn a wɔnni tumi. Boa yɛn, AWURADE yɛn Nyankopɔn, na wo na yɛtwere woɔ, na wo din mu na yɛnam rekɔ nnipakuo yi soɔ. AWURADE yɛn Nyankopɔn ne wo, mma ɔdasani nnnya wo so ahoɔden. Ɛnna AWURADE kaa Etiopiafoɔ no guiɛ Asa ne Yuda anim, na Etiopiafoɔ no dwanee. Na Asa ne nnipa a wɔka ne ho no tii wɔn kɔduruu Gerar. Na Etiopiafoɔ mu nnipa totɔe ara kɔsii sɛ wɔsaeɛ, na wɔdwerɛɛ wɔn pasaa, AWURADE ne ne dɔm anim. Na wɔfaa asadeɛ bebree pa ara. Na wɔsɛee nkuro a ɛtwa Gerar ho hyia no nyinaa, na AWURADE ho hu kutaa wɔn. Na wɔfom nkuro no nyinaa, na na asadeɛ pii wɔ mu. Na wɔsɛee mmoakuo ntomadan nso, na wɔfaa nnwan pii ne yoma kɔe, na wɔsane baa Yerusalem.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Nyankopɔn honhom baa Oded ba Asaria so, na ɔfiri adi kɔhyiaa Asa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asa ne Yudafoɔ ne Benyaminfoɔ nyinaa, montie me. AWURADE ne mo te, sɛdeɛ mo ne no teɛ yi. Na sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mogya no a, ɔbɛgya mo. Na Israel nna bebree wɔ hɔ a wɔnni nokorɛ Nyankopɔn na wɔnni ɔsɔfoɔ a ɔkyerɛkyerɛ, na wɔnni mmara. Na wɔn ahohiahia mu no, wɔsane baa AWURADE Israel Nyankopɔn nkyɛn bɛhwehwɛɛ no no, ɔmaa wɔhunuu no. Na ɛberɛ no mu no na asomdwoeɛ nni hɔ mma deɛ ɔfiri adie ne deɛ ɔba mu, na sakasaka bebree baa nsase no sotefoɔ nyinaa so. Na wɔbobɔɔ wɔn ho, ɔman ne ɔman ne kuro ne kuro, na Onyankopɔn maa wɔn ani tanee ahohiahia nyinaa mu. Na mo deɛ, monhyɛ mo ho den, na mommma mo abasa mu nngo, na wɔbɛtua mo adwuma so ka. Na Asa tee nsɛm yi ne Odiyifoɔ Oded adiyie no, ɔhyɛɛ ne ho den, na ɔyii atantanneɛ no firii Yuda ne Benyamin asase nyinaa so, ne nkuro a ɔgyee no Efraim bepɔ soɔ no mu, na ɔyɛɛ AWURADE afɔrebukyia a ɛwɔ AWURADE ntwonoowa no anim no foforɔ. Na ɔboaa Yuda ne Benyamin nyinaa ne ahɔhoɔ a wɔfiri Efraim ne Manase ne Simeon, ba bɛkaa wɔn ho no ano hyiae, na wɔhunuu sɛ AWURADE ne Nyankopɔn di n’akyire nti, nnipa pii wae firii Israel baa ne fam. Na wɔboaa wɔn ano wɔ Yerusalem bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Asa ahennie afe a ɛtɔ so dunum so. Na wɔde asadeɛ a wɔde baeɛ no bi bɔɔ AWURADE afɔdeɛ da no, anantwie ahanson ne nnwan mpemnson, na wɔne AWURADE yɛɛ apam sɛ wɔde wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa bɛhwehwɛ AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no, na obiara a ɔrenhwehwɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no, akumaa oo, ɔkɛseɛ oo, ɔbarima oo, ɔbaa oo, wɔnku no. Na wɔde nne kɛseɛ ne osebɔ ne ntotorobɛnto ne mmɛn suae kyerɛɛ AWURADE. Na Yuda nyinaa ani gyee nsuaeɛ no ho, ɛfiri sɛ wɔn akoma nyinaa na wɔde suaeeɛ; na wɔn pɛ nyinaa so na wɔhwehwɛɛ no; na ɔmaa wɔhunuu no, na AWURADE maa wɔn ɔhome afa nyinaa hyiae. Na Maaka a ɔyɛ Ɔhene Asa ne na nso, ɔtuu no firii ɔhemmaadie so, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ ohoni maa Asera. Na Asa twaa ne honi no, bubuu no gɔsɔgɔsɔ, kɔhyee no Kidron subonhwa mu. Na sorɔnsorɔmmea no deɛ, wɔanyi amfiri Israel. Nanso Asa akoma dii mu ne nna nyinaa mu. Na ɔde n’agya akronkronneɛ ne ɔno ara n’akronkronneɛ baa Nyankopɔn fie: Dwetɛ, sika ne nnwinneɛ. Na akodie biara amma de kɔsii Asa ahennie afe a ɛtɔ so aduasa nnum so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Asa ahennie afe a ɛtɔ so aduasa nsia mu na Israelhene Baasa foro baa Yuda soɔ, na ɔkyekyeree Rama sɛ ɔde resi deɛ ɔfiri adie ne deɛ ɔba mu, Yudahene Asa fam kwan. Ɛnna Asa yii dwetɛ ne sika firii AWURADE fie ne ɔhene fie akoradeɛ mu soma maa wɔde kɔmaa Siriahene Ben-hadad a ɔwɔ Damasko no sɛ: Apam wɔ me ne wo ntam ne m’agya ne w’agya ntam; hwɛ, mabrɛ wo dwetɛ ne sika: Bra bɛbubu wo ne Israelhene Baasa apam no mu, na ɔmfiri me so nkɔ. Na Ben-hadad tiee Ɔhene Asa, na ɔsomaa ne dɔm so asafohene maa wɔkɔɔ Israel nkuro so, na wɔkɔbɔɔ Iyon ne Dan ne Abel-maim ne Naftali nkuro aduane akoraeɛ nyinaa. Na ɛbaa sɛ Baasa teeɛ no, ɔgyaee Rama kyekyerɛ na ɔmaa n’adwuma no kae. Ɛnna Ɔhene Asa faa Yuda nyinaa, na wɔkɔsoaa Rama aboɔ ne nnua a Baasa de kyekyereeɛ no, na ɔde kyekyeree Geba ne Mispa. Na ɛberɛ no mu no, Ɔdehunufoɔ Hanani baa Yudahene Asa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnam sɛ wotweree Siriahene na woantwere AWURADE wo Nyankopɔn no nti, Siriahene dɔm no afiri wo nsa. Na Etiopiafoɔ ne Libiafoɔ no nyɛ dɔm a wɔdɔɔso bebree pa ara, dodoɔ ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ mu? Na ɛnam sɛ wotweree AWURADE nti, ɔde wɔn hyɛɛ wo nsa. Na AWURADE de n’ani kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bɛdi ama wɔn a wɔn akoma di mu wɔ ne ho no. Yei mu woadi nkwaseasɛm, na ɛfiri seesei de rekorɔ yi, akodie bɛba wo so. Na Asa nyaa ɔdehunufoɔ no ho abufuo, na ɔde no kɔtoo nneduadan mu, ɛfiri sɛ ɔfaa no yei ho abufuo. Nanso Asa hyɛɛ ɔman no mu binom so ɛberɛ no mu. Na hwɛ, Asa ho nsɛm, akane deɛ ne akyire yi deɛ no, hwɛ wɔatwerɛ no Yuda ne Israel Ahemfo Nwoma no mu. Na Asa yaree ne nan, n’ahennie afe a ɛtɔ so aduasa nkron mu, na ne yadeɛ no ano yɛ den pa ara, nanso ne yadeɛ no mu no, wanhwehwɛ AWURADE, na mmom nnuruyɛfoɔ. Na Asa tii n’agyanom wɔ asamando, na ɔwuu n’ahennie afe a ɛtɔ so aduanan baako mu. Na wɔsiee no n’asieeɛ a ɔbɔre faeɛ, Dawid kuro mu no mu. Na wɔde no too mpa a nnuhwam ahodoɔ a wɔafra no nnufrafoɔ kwan soɔ ayɛ so ma no so, na wɔhyee gya kɛseɛ pa maa no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ne ba Yehosafat bɛdii n’adeɛ, na ɔhyɛɛ ne ho den ne Israel dii asie. Na ɔde dɔm duaduaa Yuda nkuro a ɛyɛ den nyinaa mu, na ɔde bansifoɔ duaduaa Yuda asase so, ne Efraim nkuro a n’agya Asa gyeeɛ no mu. Na AWURADE dii Yehosafat akyi, ɛfiri sɛ ɔnantee n’agya Dawid kane akwan no so, na wanhwehwɛ Baalim, na mmom n’agya Nyankopɔn na ɔhwehwɛɛ no, na ne mmara nsɛm so na ɔnanteeɛ, na ɛnyɛ sɛ Israel nneyɛɛ no. Na AWURADE maa n’ahennie no timii wɔ ne nsam. Na Yuda nyinaa de ayɛyɛdeɛ brɛɛ Yehosafat, na ɔnyaa adedodoɔ ne animuonyam bebree. Na ɔnyaa AWURADE akwan mu akoma pa; na afei ɔyiyii sorɔnsorɔmmea ne Asera nnua no firii Yuda. Na n’ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, ɔsomaa n’asafohene Ben-hail ne Obadia ne Sakaria ne Netanel ne Mikaia sɛ wɔnkɔ nkɔkyerɛkyerɛ Yuda nkuro mu. Na Lewifoɔ Semaia, Netania, Sebadia, Asahel, Semiramot, Yonatan, Adoniya, Tobia ne Tob-Adoniya ka wɔn ho, na Asɔfoɔ Elisama ne Yehoram nso ka wɔn ho. Na wɔkɔkyerɛkyerɛɛ Yuda; na wɔkura AWURADE mmara nwoma no, kyinii Yuda nkuro nyinaa mu, kyerɛkyerɛɛ ɔman no mu. Na AWURADE ho hu baa nsase a ɛtwa Yuda ho hyia no ahennie nyinaa so, na wɔne Yehosafat anni ako. Na wɔfiri Filistifoɔ mu nso de ayɛyɛdeɛ ne apeatoɔ dwetɛ brɛɛ Yehosafat, Arabiafoɔ mpo de nnwan brɛɛ no, adwennini mpemnson ahanson ne mpapo nso mpemnson ahanson. Na Yehosafat kɔɔ so yɛɛ kɛse pa ara, na ɔtotoo aban ne aduanekora nkuro Yuda. Na ɔwɔ adwuma bebree Yuda nkuro mu, na akofoɔ, mmarima a wɔtumi wɔn ho, Yerusalem. Na wɔn dodoɔ sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ nie: Yuda mu mpem mpem so asafohene ne: Ɔsafohene Adna, na mmarima a wɔtumi wɔn ho mpemahasa ka ne ho. Na ɔno so na ɔsafohene Yehohanan die, na nnipa mpemahanu aduɔwɔtwe ka ne ho. Na ɔno so na Sikri ba Amasia a ɔde ne ho maa AWURADE som kwa no die, na mmarima a wɔtumi wɔn ho mpemahanu ka ne ho. Na Benyamin mu: Ɔbarima a ɔtumi ne ho Eliada, na nnipa mpemahanu a wɔkura ntadua ne akyɛm ka ne ho. Na ɔno so na na Yehosabad die, na nnipa mpemha aduɔwɔtwe a wɔamia sɛdeɛ wɔrekɔ sa ka ne ho. Yeinom ne wɔn a wɔsom ɔhene no, ɛsono wɔn a ɔhene de wɔn duaduaa Yuda nyinaa mu nkuro a ɛyɛ den no mu no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yehosafat nyaa ahodeɛ ne animuonyam bebree. Na ɔne Ahab bɔɔ nseɛ. Na mfeɛ bi akyiri no, ɔsiane kɔɔ Ahab nkyɛn Samaria, na Ahab kunkumm nnwan ne anantwie bebree maa no ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no. Na ɔgyegyee no sɛ ɔmforo nkɔ Ramot- gilead. Na Israelhene Ahab bisaa Yudahene Yehosafat sɛ: Wo ne me bɛkɔ Ramot- gilead anaa? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mete sɛ wo, na me man te sɛ wo man, me ne wo bɛkɔ ɔsa no. Na Yehosafat ka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: Mesrɛ wo, kɔbisa AWURADE ansa. Ɛnna Israel hene no boaboaa adiyifoɔ no ano hyiaeɛ, nnipa ahanan, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko, anaasɛ mennyae? Na wɔse: Foro kɔ, na Onyankopɔn de bɛhyɛ ɔhene nsa. Na Yehosafat bisaa sɛ: AWURADE diyifoɔ biara nni ha bio, na yɛnkɔbisa ne hɔ adeɛ? Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ɔbarima baako da so wɔ hɔ a anka yɛbɛkɔ ne nkyɛn akɔbisa AWURADE hɔ adeɛ, nanso metane no, ɛfiri sɛ ɔnka me ho asɛm pa biara, na daa, bɔne na ɔka. Ɔno ne Imla ba Mikaia. Na Yehosafat se: Mma ɔhene nnka saa. Ɛnna Israel hene no frɛɛ opiani bi, na ɔkaa sɛ: Ma Imla ba Mikaia mmra ntɛm. Na Israel hene ne Yudahene Yehosafat tete wɔn adwa so, hyehyɛ wɔn ntadeɛ, na wɔtete Samaria pono ano mpraeɛ so. Na adiyifoɔ no nyinaa rehyehyɛ nkɔm, wɔn anim. Na Kenaana ba Sedekia yɛɛ dadeɛ mmɛn, na ɔkaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Yeinom na wode bɛbobɔ Siriafoɔ no de akɔsi sɛ wɔbɛwie wɔn. Na adiyifoɔ no nyinaa hyehyɛɛ nkɔm saa sɛ: Foro kɔ Ramot-gilead na kɔdi nim; na AWURADE de bɛhyɛ ɔhene nsa. Na ɔbɔfoɔ a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, adiyifoɔ no nsɛm yɛ koro, na ɛyɛ ma ɔhene, na ma w’asɛm nyɛ sɛ wɔn mu baako asɛm, na ka asɛmpa. Na Mikaia se: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, deɛ me Nyankopɔn bɛka no, ɛno na mɛka. Na ɔbaa ɔhene nkyɛn. Na ɔhene no bisaa no sɛ: Mikaia, yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko anaasɛ mennyae? Na ɔse: Monkɔ na monkɔdi nim, na wɔde bɛhyɛ mo nsa. Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Mprɛ ahe ara na menka wo ntam sɛ, nka me asɛm biara sɛ nokorɛ nko AWURADE din mu? Ɛnna ɔse: Mehunuu Israel nyinaa sɛ wɔapansam mmepɔ soɔ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ. Na AWURADE se: Yeinom nni wuranom? Ma wɔnsane nkɔ wɔn afie asomdwoeɛ mu. Ɛnna Israel hene no ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Manka mankyerɛ wo sɛ ɔrenhyɛ me ho nkɔm pa biara, na mmom bɔne? Na Mikaia se: Enti montie AWURADE asɛm. Mehunuu AWURADE sɛ ɔte n’adwa soɔ, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne nifa ne ne benkum. Na AWURADE se: Hwan na ɔbɛdaadaa Israelhene Ahab, na waforo akɔtua Ramot-gilead? Na oyi kaa sɛɛ, na oyi nso kaa sɛɛ. Na honhom bi firi bɛgyinaa AWURADE anim, na ɔkaa sɛ: Me na mɛdaadaa no. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Wode deɛn? Na ɔse: Mɛfiri akɔyɛ honhom torofoɔ n’adiyifoɔ nyinaa anomu. Na ɔkaa sɛ: Wobɛdaadaa no, na wobɛtumi nso, firi kɔ na kɔyɛ saa. Na afei, hwɛ, AWURADE de honhom torofoɔ ahyɛ w’adiyifoɔ yi nyinaa anomu, na AWURADE aka wo ho bɔne. Ɛnna Kenaana ba Sedekia twe piniiɛ bɛbɔɔ Mikaia sotorɔ kaa sɛ: Ɛhe na AWURADE honhom nam firii me nkyɛn bɛkasa kyerɛɛ woɔ yi? Na Mikaia se: Hwɛ, ɛda a wobɛfiri pia mu akɔ pia mu akɔhunta na wobɛhunu. Na Israel hene no kaa sɛ: Momfa Mikaia nsane nkɔ kuro no safohene Amon ne ɔhene ba Yoas nkyɛn, na monka sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Momfa oyi nkɔto nneduadan mu, na momma no ahohiahia aduane nni, ne ahohiahia nsuo nnom nkɔsi sɛ mɛba no dwoodwoo. Na Mikaia se: Sane deɛ, wosane ba dwoodwoo a, ɛnneɛ na ɛnyɛ AWURADE na ɔnam me so kasaeɛ. Na ɔse: Mo aman nyinaa, montie! Na Israelhene no ne Yudahene Yehosafat foro kɔɔ Ramot-gilead. Na Israel hene no ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Mɛsakyera me ho na makɔ dɔm no mu, na wo deɛ, hyɛ wo ntadeɛ. Na Israel hene no sakyeraa ne ho, na ɔkɔɔ dɔm no mu. Nso na Siriahene no ahyɛ ne nteaseɛnam a ɔwɔ no so asafohene sɛ: Mone akumaa anaa ɔkɛseɛ nnko gye Israel hene no nko ara. Na nteaseɛnam so asafohene no hunuu Yehosafat no, wɔkaa sɛ: Israel hene no nie! Na wɔmane ne no kɔkoe. Na Yehosafat teaa mu; na AWURADE boaa no, na Onyankopɔn danee wɔn firii ne ho. Na nteaseɛnam so asafohene no hunuu sɛ ɛnyɛ Israel hene no ne no no, wɔsane firii n’akyi. Na ɔbarima bi twee ne tadua mu, mpofirim so, na ɔto wuraa Israel hene no mmɔtoam ne nkataboɔ no ntam. Na ɔka kyerɛɛ ne teaseɛnamkafoɔ no sɛ: Dane w’ani na fa me firi ɛdɔm yi mu, na mapira. Na ɔko no mu yɛɛ den da no, na Israel hene no kura ne teaseɛnam mu gyina mu Siriafoɔ anim ara kɔsii anwummerɛ. Na owia kɔtɔeɛ no, ɔwui.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yudahene Yehosafat sane baa ne fie asomdwoeɛ mu wɔ Yerusalem. Na Hanani ba Yehu, ɔdehunufoɔ no, firi kɔhyiaa no, na ɔka kyerɛɛ Ɔhene Yehosafat sɛ: Ɔbɔnefoɔ na ɛsɛ sɛ woboa no, na wɔn a wɔtane AWURADE no na wodɔ wɔn? Na yei nti abufuo a ɛfiri AWURADE anim da wo so. Nanso wɔahunu wo ho nsɛm pa, sɛ woatwitwa Asera nnua afiri asase no so, na woasiesie w’akoma ahwehwɛ Onyankopɔn. Na Yehosafat tenaa Yerusalem. Na ɔsane firi kɔɔ ɔman no mu de firii Beer-seba kɔsii Efraim bepɔ so, na ɔdanee wɔ sane baa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no nkyɛn. Na ɔsisii atemmufoɔ asase no so, Yuda nkuro a ɛyɛ den nyinaa mu mmaako mmaako. Na ɔka kyerɛɛ atemmufoɔ no sɛ: Monhwɛ deɛ moreyɛ yie, na ɛnyɛ onipa na morebu atɛn ama no, na mmom AWURADE, na ɔne mo wɔ hɔ atemmuo asɛm no mu. Na afei AWURADE ho suro ntena mo so. Monhwɛ yie na monyɛ, ɛfiri sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn no, nkontompo ne animhwɛ ne kɛtɛ-asehyɛ nni ne fam. Na Yerusalem nso, Yehosafat de Lewifoɔ ne asɔfoɔ ne Israel agyanom atitire no mu binom sisii AWURADE atemmuo ne asennie so. Na wɔn atenaeɛ ne Yerusalem. Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Sei na monyɛ wɔ AWURADE ho suro mu, nokorɛ ne mo akoma mu. Asɛm biara a ɛba mo anim a ɛfiri mo nuanom a wɔtete wɔn nkuro mu, na ɛyɛ mogya ne mogya ntam asɛm, anaa mmara ne ɛmom, ahyɛdeɛ ne atemmuo ntam asɛm no, monkyerɛkyerɛ wɔn mu, na wɔanni fɔ wɔ AWURADE anim, na abufuo amma mo ne mo nuanom so; monyɛ saa, na morenni fɔ. Na hwɛ, Ɔsɔfoɔ Amaria na ɔda mo ano, AWURADE nsɛm nyinaa fam, na Ismael ba Sebadia a ɔyɛ Yuda fie bapɔmma no nso, ɔhene nsɛm nyinaa fam, na atemmufoɔ Lewifoɔ no nso wɔ mo anim. Mo ho nyɛ den na monyɛ, na AWURADE ne apapafoɔ bɛtena.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛbaa sɛ ɛno akyiri no, Moabfoɔ, Amonfoɔ ne Maonfoɔ no mu binom a wɔka wɔn ho no baa Yehosafat so sɛ wɔne no rebɛko. Na wɔbɛka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ɛdɔm kɛseɛ bi firi po no agya firi Edom reba wo so, na hwɛ, wɔwɔ Hasason-tamar (a ɛne En- gedi no). Na Yehosafat suroe, na ɔyeree ne ho hwehwɛɛ AWURADE, na ɔpaee abuadadie Yuda nyinaa mu. Na Yudafoɔ boaboaa wɔn ano sɛ wɔrebɛhwehwɛ AWURADE hɔ mmoa. Yuda nkuro nyinaa mu na wɔfiri ba bɛhwehwɛɛ AWURADE. Na Yehosafat sɔre gyinaa Yuda ne Yerusalem badwa no mu AWURADE fie abannwa foforɔ no anim, na ɔkaa sɛ: AWURADE yɛn agyanom Nyankopɔn, ɛnyɛ wone Onyankopɔn wɔ soro, na wo ara na wodi amanaman ahennie nyinaa soɔ? Na wo nsam na tumi ne mmaninyɛ wɔ, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi agyina w’anim. Ɛnyɛ wone yɛn Nyankopɔn a wotuu asase yi sofoɔ firii wo man Israel anim na wode maa wo dɔfo Abraham asefoɔ sɛ wɔntena so daa? Na wɔatena so, na wɔasi wo kronkronbea wɔ so maa wo din sɛ: Sɛ bɔne bi, sɛ afena, atemmuo anaa ɔyaredɔm, sɛ ɛkɔm ba yɛn so a, yɛbɛba abɛgyina efie yi anim ne w’anim, ɛfiri sɛ wo din wɔ efie yi mu, na yɛafiri yɛn amanehunu mu asu afrɛ wo, na woatie yɛn agye yɛn. Na afei, hwɛ, Amonfoɔ, Moab ne Seir bepɔ a woamma Israel kwan amma wɔankɔ wɔn soɔ, berɛ a wɔfiri Misraim asase so reba no, na mmom wɔdane firii wɔn ho na wɔansɛe wɔn no, hwɛ, deɛ wɔde retua yɛn ka ne sɛ wɔaba rebɛtu yɛn afiri w’agyapadeɛ a wɔde maa yɛn sɛ yɛnni soɔ no soɔ. Yɛn Nyankopɔn, woremmu wɔn atɛn? Na yɛnni tumi a yɛde regyina ɛdɔm bebree yi a wɔreba yɛn soɔ yi anim. Na yɛn deɛ, yɛnnim deɛ yɛnyɛ, na wo so na yɛn ani da. Na Yudafoɔ nyinaa gyinagyina AWURADE anim, wɔn ne wɔn mma nketewa, wɔn yerenom ne wɔn mma. Na Matania ba Yeiel ba Benaia ba Sakaria ba Yehasiel a ɔyɛ Lewini a ɔfiri Asaf mma mu no, AWURADE honhom baa ne so badwa no mu, na ɔkaa sɛ: Yuda nyinaa ne Yerusalemfoɔ ne Ɔhene Yehosafat, montie! Sɛ AWURADE se mo nie: Mo deɛ, monnsuro na mo akoma nntu dɔm bebree yi anim, na ɛnyɛ mo na ɔsa yi wɔ mo, na ɛwɔ Onyankopɔn. Ɔkyena, monsiane nkɔ wɔn so, hwɛ, wɔreforo Sis aforoeɛ aba, na mobɛkɔ akɔto wɔn bonhwa no awieeɛ Yeruel serɛ anim. Ɛnyɛ mo deɛ sɛ mobɛko yei mu, gyina nko ara na monkɔgyina, na monhwɛ AWURADE a ɔka mo ho no nkwagyeɛ. Yuda ne Yerusalem, monnsuro na mo akoma nntu, ɔkyena momfiri adi nkɔhyia wɔn, na AWURADE bɛdi mo akyi. Ɛnna Yehosafat koto de n’anim butuu fam, na Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ no nyinaa hwehwee fam AWURADE anim sɔree AWURADE. Na Lewifoɔ a wɔfiri Kohatfoɔ mma mu ne Korafoɔ mma mu no sɔree sɛ wɔde ɛnne kɛseɛ pa ara reyi AWURADE Israel Nyankopɔn no ayɛ. Na wɔsɔree anɔpatutu, na wɔfirii adi kɔɔ Tekoa serɛ so. Na wɔrefiri adie no, Yehosafat gyinae na ɔkaa sɛ: Yuda ne Yerusalemfoɔ, montie me. Monnye AWURADE mo Nyankopɔn nni, na mobɛtim, na monnye n’adiyifoɔ no nni, na mobɛdi yie. Na ɔne ɔman no tuu agyina, na ɔyiyii nnwontofoɔ a wɔto AWURADE dwom yi no ayɛ, ahokeka kronkron mu; na wɔrefiri adie no, wɔdii wɔn a wɔamia no anim, na wɔkaa sɛ: Monna AWURADE ase, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Na ɛberɛ a wɔrefiri dwontoɔ ne ayeyie aseɛ no, AWURADE maa atɛfoɔ baa Amonfoɔ, Moab ne Seir bepɔ sofoɔ a wɔbaa Yuda soɔ no so, na wɔkaa wɔn gui. Na Amonfoɔ ne Moabfoɔ no sɔre tiaa Seir bepɔ sofoɔ no sɛee wɔn pasapasa. Na wɔwiee Seirfoɔ no, wɔboaa wɔn ho wɔn ho kunkumm wɔn ho wɔn ho. Na Yuda duruu ahwɛeɛ a ɛhwɛ ɛserɛ soɔ, na wɔdanee wɔn ani hwɛɛ dɔm kɛseɛ no, na hwɛ, wɔn afunu na ɛgugu fam, na obi amfiri mu amfi. Na Yehosafat ne ne dɔm no kɔ kɔfomm wɔn asadeɛ no, na wɔhunuu wɔn mu ahodeɛ ne ntadeɛ ne nnwinneɛ a ɛyɛ fɛ pii pa ara, na wɔtase fae a na wɔntumi nsoa, na wɔde nnansa fomm asadeɛ no, ɛfiri sɛ na ɛdɔɔso bebree. Na da a ɛtɔ so nnan no, wɔboaboaa wɔn ano wɔ Beraka Bonhwa no mu, ɛfiri sɛ ɛhɔ na wɔhyiraa AWURADE, enti na wɔfrɛ ɛhɔ din sɛ “Beraka-Bonhwa” de bɛsi nnɛ. Na Yuda ne Yerusalemfoɔ nyinaa sanee, na Yehosafat di wɔn anim, na wɔde anigyeɛ sane baa Yerusalem. Na AWURADE maa wɔn ani gyee wɔn atamfoɔ ho. Na wɔkurakura mmɛnta ne asankuten ne ntotorobɛnto baa Yerusalem bɛhyɛnee no AWURADE fie. Na wɔtee sɛ AWURADE ne Israel atamfoɔ ako no, Nyankopɔn ho hu kaa nsase so ahennie nyinaa. Na Yehosafat ahemman mu dwoe, na ne Nyankopɔn maa no ɔhome afa nyinaa hyiae. Na Yehosafat dii Yuda so hene. Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduasa nnum, na ɔdii hene mfirinhyia aduonu nnum wɔ Yerusalem. Na ne na din de Asuba a ɔyɛ Silhi ba. Na ɔnantee n’agya Asa kwan so, na wammane amfiri so, na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so. Nanso sorɔnsorɔmmea no deɛ, wanyi, na ɔman no nnya nsiesiee wɔn akoma mmaa wɔn agyanom Nyankopɔn no. Na Yehosafat ho nsɛm nkaeɛ, akane deɛ ne akyire yi deɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no Hanani ba Yehu nsɛm a wɔde hyɛɛ Israel ahemfo nwoma mu no mu. Na ɛno akyiri no, Yudahene Yehosafat ne Israelhene Ahasia a ɔdii nsɛmmɔne no pamee. Na ɔne no pam sɛ wɔbɛyeyɛ ahyɛn akɔ Tarsis, na wɔpempam ahyɛn no Esion-geber. Na Dodafahu ba Eliesa a ɔfiri Maresa hyɛɛ Yehosafat ho nkɔm sɛ: Sɛ wo ne Ahasia apam nti, AWURADE asɛe wo nnwuma. Na ahyɛn no bobɔe, na wɔantumi ankɔ Tarsis.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yehosafat tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid kuro no mu, na ne ba Yehoram bɛdii n’adeɛ. Na ɔwɔ nuammarima a wɔyɛ Yehosafat mma, wɔn ne Asaria, Yehiel, Sakaria, Asaria, Mikael ne Sefatia. Yeinom nyinaa yɛ Yudahene Yehosafat mma. Na wɔn agya maa wɔn akyɛdeɛ bebree, dwetɛ ne sika ne aboɔdenneɛ ne Yuda mu nkuro a ɛyɛ den bi nso, na ahennie no deɛ, ɔde maa Yehoram, ɛfiri sɛ na ɔno ne abakan. Na Yehoram dii n’agya adeɛ na n’ahennie gyinaa pintinn no, ɔde nkrantɛ kunkumm ne nuammarimanom nyinaa ne Israel mmapɔmma mu binom nso. Yehoram dii mfeɛ aduasa mmienu na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ nwɔtwe wɔ Yerusalem. Na ɔnantee Israel ahemfo kwan so, sɛdeɛ Ahab fie yɛeɛ no, ɛfiri sɛ Ahab babaa yɛ ne yere, na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne. Nanso AWURADE ampɛ sɛ ɔsɛe Dawid fie no, apam a ɔne Dawid pameeɛ no nti, ne sɛ ɔkaa sɛ: Ɔbɛma no ne ne mma nso kanea nna nyinaa no. Ne berɛ so na Edom tee atua firii Yuda nsa aseɛ, na wɔkɔsii wɔn so hene. Na Yehoram ne n’asafohene ne nteaseɛnam a ɛka ne ho nyinaa sene kɔɔ hɔ. Na ɔsɔree anadwo na ɔkɔkum Edomfoɔ a wɔatwa ne ho ahyia ne nteaseɛnam so asafohene no. Na Edom tee atua firii Yuda ase de bɛsi nnɛ. Ɛno na Libna nso tee atua berɛ no ara mu firii n’aseɛ, ɛfiri sɛ wagya AWURADE, n’agyanom Nyankopɔn no. Nso ɔyeyɛɛ sorɔnsorɔmmea Yuda mmepɔ so, na ɔde Yerusalemfoɔ kɔɔ adwamammɔ mu, na ɔhyɛɛ Yuda maa wɔkɔɔ bɔne mu. Na krataa bi firi Odiyifoɔ Elia hɔ baa ne nkyɛn sɛ: Sɛ AWURADE w’agya Dawid Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ woannante w’agya Yehosafat akwan soɔ ne Yudahene Asa akwan soɔ, na wonantee Israel ahemfo akwan soɔ, na wode Yuda ne Yerusalemfoɔ kɔɔ adwamammɔ mu sɛ Ahab fie adwamammɔ no, na woakum wo nuanom nso, w’agya fiefoɔ a wɔyɛ sene woɔ no nti, hwɛ, AWURADE de ɔhaw kɛseɛ bɛha wo man ne wo mma ne wo yerenom ne w’ahodeɛ nyinaa. Na wo ara nso, wobɛyare. Wobɛyare wo yam de bɛkɔ akɔsi sɛ yadeɛ no nti w’ayamdeɛ bɛfiri adi da biara. Na AWURADE hwanyann Filistifoɔ ne Arabfoɔ a wɔwɔ Etiopiafoɔ nkyɛn mu no honhom tiaa Yehoram. Na wɔforo baa Yuda so, na wɔtetee mu, na wɔfaa ahodeɛ a wɔhunuu no ɔhene fie nyinaa ne ne mmammarima nso ne ne yerenom nnommum kɔe, na anka ɔbabarima amma no gye ne mmammarima mu akumaa Yehoahas. Na yei nyinaa akyiri no, AWURADE de yafunu yadeɛ mu yadeɛ a ɛnni sabea bɔɔ no. Na yei kɔɔ so ara kɔsii sɛ, mfeɛ mmienu awieeɛ no, n’ayamdeɛ firii adie yadeɛ no ara mu, na ɔwuu yea kɛseɛ mu. Na ne man ansɔ ogya biara amma no sɛ n’agyanom deɛ no. Ɔdii mfeɛ aduasa mmienu na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ nwɔtwe wɔ Yerusalem. Na ɔkɔe, na obi annyam no. Na wɔsiee no Dawid kuro mu, nanso ɛnyɛ ahemfo no adamena no mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yerusalemfoɔ de ne ba kumaa Ahasia sii hene n’ananmu, ɛfiri sɛ ne mma mpanimfoɔ no nyinaa, afomfafoɔ asafo a wɔne Arabfoɔ no baa nsra mu no kunkumm wɔn. Na Yehoram ba Ahasia dii Yuda hene. Ahasia dii mfeɛ aduanan mmienu na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene afe baako wɔ Yerusalem. Na ne na din de Atalia a ɔyɛ Omri ba. Ɔno nso nantee Ahab fie akwan so, ɛfiri sɛ ne na tuu no fo sɛ ɔnni asɛmmɔne. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ Ahab fie, ɛfiri sɛ n’agya wuo akyiri no wɔn na wɔtuu no foɔ, na ɛmaa no guu asu. Wɔn afotuo nso so na ɔnam kɔeɛ, na ɔne Israelhene Yehoram a ɔyɛ Ahab ba kɔɔ ɔsa ne Siriahene Hasael kɔkoe wɔ Ramot- gilead. Na Siriafoɔ no piraa Yehoram. Na ɔsanee sɛ ɔrekɔsa ne ho yadeɛ Yesreel afiri pira a ɔne Siriahene Hasael reko no, wɔpirapiraa no Rama no mu. Na Yudahene Yehoram ba Asaria siane kɔɔ sɛ ɔrekɔhwɛ Ahab ba Yehoram Yesreel, ɛfiri sɛ na ɔyare. Na Onyankopɔn na ɔde asiane bɛsianee Ahasia sɛ ɔnkɔ Yehoram nkyɛn. Na ɔduruiɛ no, ɔne Yehoram fie kɔhyiaa Nimsi ba Yehu a AWURADE asra no sɛ ɔnsɛe Ahab fie. Na Yehu rebu Ahab fie atɛn no, ɔkɔtoo Yuda mmapɔmma ne Ahasia nuanom mma a wɔsom Ahasia no, na ɔkunkumm wɔn. Na ɔkɔhwehwɛɛ Ahasia, na wɔkyeree no, na ɔno deɛ, na ɔde ne ho ahunta Samaria. Na wɔde no brɛɛ Yehu, na wɔkumm no. Na wɔsiee no, na wɔkaa sɛ: Yehosafat a ɔde n’akoma nyinaa hwehwɛɛ AWURADE no ba ne no. Na obiara nni Ahasia fie bio a ɔbɛnya ahennie no ho ahoɔden. Na Ahasia na Atalia hunuu sɛ ne ba awuo no, ɔsɔre kɔdwerɛɛ adehyeɛ a wɔwɔ Yuda fie nyinaa. Na ɔhene babaa Yehosabat faa Ahasia ba Yoas, na ɔwiaa no firii ɔhene mma a wɔreku wɔn no mu, na ɔde no ne ne ɔbagyegyefoɔ hyɛɛ pia mu. Na sɛ Ɔhene Yehoram babaa Yehosabat a ɔyɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada yere no yɛ Ahasia nuabaa nti, ɔde no hunta firii Atalia anim, na wanku no. Na ɔne wɔn tenaa Nyankopɔn fie, huntaa mfeɛ nsia. Na Atalia dii asase no so hemmaa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na afe a ɛtɔ so nson mu no, Yehoiada sii ne bo faa ɔha ha so asafohene Yeroham ba Asaria, ne Yohanan ba Ismael, ne Obed ba Asaria ne Adaia ba Maaseia ne Sikri ba Elisafat maa wɔne no pamee. Na wɔkyinii Yuda, na wɔboaboaa Lewifoɔ no ano firi Yuda nkuro nyinaa mu, ne Israel agyanom atitire no, na wɔbɛhyiaa wɔ Yerusalem. Na badwa no nyinaa ne ɔhene pamm wɔ Nyankopɔn fie. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ɔhene ba no na ɔbɛdi hene, sɛdeɛ AWURADE aka no Dawid mma ho no. Adeɛ a monyɛ nie: Mo mu asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔba asɔrefie homeda no mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako mmɛyɛ ɛpono ano ahwɛfoɔ; na nkyɛmu baako ntena ɔhene fie, na nkyɛmu baako nso ntena nnyinasoɔ pono no ano, na ɔman no nyinaa ntena AWURADE fie abannwa no so. Na obiara nnhyɛne AWURADE fie gye asɔfoɔ ne Lewifoɔ mu wɔn a wɔsom no, wɔn na wɔnhyɛne mu, ɛfiri sɛ wɔyɛ kronkron, na ɔman no nyinaa nhwɛ AWURADE ahyɛdeɛ no. Na Lewifoɔ no ntwa ɔhene ho nhyia, wɔn akodeɛ nkurakura wɔn nsam. Na deɛ ɔhyɛne efie hɔ no, wɔnku no. Na wɔntena ɔhene no ho n’adifire ne ne muba mu. Na Lewifoɔ no ne Yuda nyinaa yɛɛ sɛdeɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛeɛ no nyinaa. Na wɔn mu biara de ne nnipa a wɔrebɛsom asɔrefie homeda, ne wɔn a wɔrepɔn adwuma homeda no bae, ɛfiri sɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada amma wɔn a wɔrepɔn no ampɔn. Na Ɔsɔfoɔ Yehoiada de Ɔhene Dawid mpea ne akyɛm akɛseɛ ne nkumaa a ɛwowɔ Nyankopɔn fie no memaa ɔha ha so asafohene no. Na ɔde ɔman no nyinaa gyinagyinaa hɔ, na wɔn akodeɛ kurakura wɔn nsam, ɛfiri ɛdan no nifa ntweaso kɔsi ɛdan no benkum ntweaso, afɔrebukyia no ne ɛdan no ho twaa ɔhene no ho hyiae. Na wɔyii ɔhene ba no firii adi, na wɔde ahemmotire no hyɛɛ ne ti, na wɔde adanseɛ no maa no, na wɔsii no hene, na Yehoiada ne ne mma sraa no ngo, na wɔkaa sɛ: Ɔhene tiri nkwa! Ɛnna Atalia tee ɔman a wɔretu mmirika na wɔreyi ɔhene ayɛ no gyegyeegye no, ɔbaa nkurɔfoɔ no nkyɛn AWURADE fie, na ɔbɛhunui, na hwɛ, na ɔhene no gyina n’agyinaeɛ aboboano, asafohene ne ntotorobɛnto no wɔ ɔhene no nkyɛn, na asase no so nkurɔfoɔ nyinaa ani agye, na wɔrehyenhyɛne ntotorobɛnto, na nnwontofoɔ no de nsankuo bɔɔ ayeyie nnwom. Ɛnna Atalia sunsuanee n’atadeɛ mu, na ɔkaa sɛ: Atirisopam, atirisopam! Na Yehoiada yii ɔha ha so asafohene a wɔhwɛ dɔm no soɔ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyi no mfiri nkɔ nkyerɛpɛn no mu, na deɛ ɔbɛdi n’akyire no, wɔnku no nkrantɛ ano. Na ɔsɔfoɔ no kaa sɛ: Monnku no wɔ AWURADE fie. Na wɔsɔɔ ne mu de no kɔɔ apɔnkɔ pono ano, ahemfie, na wɔkumm no wɔ hɔ. Ɛnna Yehoiada de apam too ɔno ne ɔman no nyinaa ne ɔhene no ntam sɛ wɔnyɛ AWURADE man. Na ɔman no nyinaa kɔɔ Baal fie kɔdwirii gui, na n’afɔrebukyia ne n’ahoni no, wɔbubui, na Baal sɔfoɔ Matan nso, wɔkumm no afɔrebukyia no anim. Na Yehoiada siesiee AWURADE fie hwɛ nnwuma no de hyɛɛ asɔfoɔ a wɔne Lewifoɔ a Dawid kyekyɛɛ wɔn mu sisii AWURADE fie so, sɛ wɔmmɔ AWURADE ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara mu no, na wɔnyɛ no anigyeɛ ne nnwontoɔ mu sɛ Dawid hyehyɛɛ no no. Nanso ɔde apono ano ahwɛfoɔ gyinagyinaa AWURADE fie apono no ano, na deɛ ne ho nte biara, anhyɛne mu. Na ɔfaa ɔha ha so asafohene no ne aberempɔn no ne ɔman no sodifoɔ ne asase no sofoɔ nyinaa, na ɔde ɔhene no firii AWURADE fie sianee, na wɔbaa ɔhene fie pono a ɛkorɔn no mu, na wɔde ɔhene no tenaa ahennie adwa no so. Na asase no sofoɔ nyinaa ani gyee, na kuro no mu dwoe. Na Atalia deɛ, wɔde nkrantɛ kumm no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yoas dii mfeɛ nson na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ aduanan wɔ Yerusalem, na ne na din de Sibia a ɔfiri Beer-seba. Na Yoas yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so Ɔsɔfoɔ Yehoiada berɛ no so nyinaa. Na Yehoiada waree yerenom baanu maa no, na ɔwoo mmammarima ne mmammaa. Na ɛno akyiri no ɛbaa Yoas akoma mu sɛ ɔbɛsiesie AWURADE fie no foforɔ. Na ɔboaboaa asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no ano hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfiri adi nkɔ Yuda nkuro so, na monkɔgyegye dwetɛ mfiri Israel nyinaa nsam, na wɔde apempam mo Nyankopɔn fie no daa afe; na mo deɛ, momma mo ho nyɛ hare asɛm yi mu. Nanso Lewifoɔ no ho anyɛ hare. Ɛnna ɔhene no frɛɛ Ɔpanin Yehoiada, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na womma Lewifoɔ no nnye Yuda ne Yerusalem toɔ a AWURADE akoa Mose ne Israel badwa no hyɛ maa adanseɛ ntomadan no? Na Atalia, ɔbɔnefoɔ no mma ahyɛne Nyankopɔn fie no mu, na AWURADE fie akronkronneɛ nyinaa nso, wɔahwere ama Baalim. Na ɔhene no ka maa wɔpamm adaka baako, na wɔde sii AWURADE fie pono ano wɔ adihɔ, na wɔpaee no Yuda ne Yerusalem sɛ wɔmfa Nyankopɔn akoa Mose toɔ a ɔde too Israel so wɔ ɛserɛ so no mmrɛ AWURADE. Na mmapɔmma no nyinaa ne ɔman no nyinaa ani gyee. Na wɔde ba bɛguu adaka no mu ara kɔsii sɛ ɛyɛɛ ma. Na berɛ biara a Lewifoɔ no bɛhunu sɛ sika adɔɔso wɔ adaka no mu no, wɔde brɛ wɔn a ɔhene ahyɛ sɛ wɔnhwɛ soɔ no; ɔhene twerɛfoɔ ne deɛ ɔsɔfo panin no ahyɛ sɛ ɔnhwɛ soɔ no ba bɛhwie firi adaka no mu, na wɔma so sane de kɔsi ne sibea. Saa na na wɔyɛ no da biara, na wɔboaboaa sika bebree ano. Na ɔhene ne Yehoiada de maa wɔn a wɔyɛ AWURADE fie som adwuma no, na wɔde bobɔɔ aboɔpaefoɔ ne adwumfoɔ paa sɛ wɔnsiesie AWURADE fie no foforɔ, ne dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ adwumfoɔ nso, sɛ wɔmmiamia AWURADE fie no mu. Na wɔn a wɔyɛ adwuma no yɛe, na pempam adwuma no kɔɔ so wɔn nsam, na wɔde Nyankopɔn fie no sii hɔ maa no yɛɛ yie na ɛyɛɛ den. Na wɔwieeɛ no, wɔde sika no nkaeɛ baa ɔhene ne Yehoiada anim, na wɔde yɛɛ nnoɔma maa AWURADE fie, ɔsom ne ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho nnoɔma ne nkoraa ne sika ne dwetɛ nnoɔma no. Na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ AWURADE fie daa daa Yehoiada berɛ so nyinaa. Na Yehoiada bɔɔ akora, na wanyini pa ara no, ɔwui. Na ɔwuiɛ no, na wadi mfirinhyia ɔha aduasa. Na wɔkɔsiee no Dawid kuro mu, ahemfo no nkyɛn, ɛfiri sɛ ɔdii asɛmpa Israel ne Onyankopɔn ne ne fie no ho. Na Yehoiada wuo akyiri no, Yuda mmapɔmma ba bɛkotoo ɔhene no. Ɛnna ɔhene no tiee wɔn. Na wɔgyaa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn fie, na wɔkɔsomm Asera nnua ne ahoni no. Na wɔn asodie yi nti abufuo baa Yuda ne Yerusalem so. Na ɔsomaa adiyifoɔ maa wɔbaa wɔn mu sɛ wɔmmɛsane wɔn mmra AWURADE nkyɛn, na wɔdii wɔn adanseɛ, nanso wɔantie. Na Nyankopɔn honhom baa Ɔsɔfoɔ Yehoiada ba Sakaria so, na ɔkɔgyinaa soro ɔman no anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn seɛ nie: Adɛn nti na moto AWURADE mmara nsɛm? Na ɛrensi mo yie. Sɛ moagya AWURADE yi, ɔno nso agya mo. Na wɔpam ne tiri so, na wɔkɔsii no aboɔ, sɛdeɛ ɔhene hyɛeɛ no AWURADE fie abannwa so. Na Ɔhene Yoas ankae adɔeɛ a Sakaria agya Yehoiada de yɛɛ no no, na ɔkumm ne ba no. Na ɔrewuo no, ɔkaa sɛ: AWURADE nhwɛ na ɔntɔ so were. Na afe no awieeɛ no, Siriafoɔ dɔm tu baa ne so, na wɔbaa Yuda ne Yerusalem, na wɔbɛsɛee ɔman no mmapɔmma no nyinaa firii ɔman no mu, na wɔn asadeɛ no nyinaa, wɔde kɔmaa Damasko hene. Na nnipa kakraa bi na Siriafoɔ dɔm de baeɛ, nanso AWURADE de dɔm kɛseɛ pa ara hyɛɛ wɔn nsa, ɛfiri sɛ na wɔagya AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no. Na Yoas nso, wɔne no dii atemmusɛm. Na wɔfirii ne so sii mu kɔeɛ, na wɔgyaa no apirakuro bebree mu, na ne nkoa pamm ne tiri so, Ɔsɔfoɔ Yehoiada mma no mogya nti, na wɔkɔkumm no ne mpa so, na ɔwui. Na wɔsiee no Dawid kuro mu, nanso wɔansie no ahemfo no asieeɛ. Na wɔn a wɔpamm ne tiri soɔ no nie: Sabad, Amonni baa Simeat ba ne Yehosabad, Moabni baa Simrit ba. Na ne mma no ne ɛtoɔ dodoɔ a wɔgyee no no, ne Nyankopɔn fie asiesie no, hwɛ, wɔatwerɛ no Ahemfo Nwoma Nkyerɛaseɛ no mu. Na ne ba Amasia bɛdii n’adeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Amasia dii mfeɛ aduonu nnum na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfirinhyia aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne na din de Yehoadan a ɔfiri Yerusalem. Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, nanso ɛnyɛ n’akoma pɛyɛ mu. Na ɛbaa sɛ ahennie no timm ne nsam pɛ, ɔkunkumm ne nkoa a wɔkumm n’agya, ɔhene no. Na wɔn mma deɛ, wankum wɔn, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu, Mose nwoma mu no a AWURADE hyɛɛ sɛ: Agyanom nnwu, mma nti, na mma nso nnwu, agyanom nti, na onipa no ara bɔne nti na wɔmma no nwuo. Na Amasia boaboaa Yuda ano hyiae, na wɔde wɔn gyinagyinae, mpanimfie so ne mpem mpem so asafohene, ne ɔha ha so asafohene so, Yuda ne Benyamin nyinaa mu, na ɔkanee wɔn firi wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu ne akyire so. Na ɔhunuu wɔn sɛ wɔyɛ nnipa a wɔayi wɔn mpemahasa a wɔtumi ɔsatuo kura mpea ne akyɛm. Nanso ɔde dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha kɔbɔɔ Israel mu nnipa mpemha a wɔyɛ mmarima a wɔtumi wɔn ho pa ara. Na Nyankopɔn nipa bi baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Ɔhene, mma Israel dɔm no ne wo nnkɔ, na AWURADE nni Israel, Efraim mma no nyinaa akyi; nanso sɛ wosusu sɛ woyɛ saa a na wobɛnya ɔko no mu ahoɔden a, Onyankopɔn bɛma woahwe ase wo tamfo anim; ɛfiri sɛ Onyankopɔn wɔ tumi sɛ ɔboa anaa ɔma obi hwe aseɛ. Ɛnna Amasia bisaa Nyankopɔn nipa no sɛ: Na ɛdeɛn na yɛnyɛ dwetikɛseɛ ɔha a mede ama Israel asafo no? Na Nyankopɔn nipa no se: Ɛwɔ AWURADE nsam sɛ ɔbɛma wo adeɛ pii asene yei. Na Amasia paee no asafo a wɔfiri Efraim baa ne nkyɛn no mu sɛ wɔnkɔ wɔn tenabea; na wɔn bo fuu Yuda sɛ, na wɔde abufuhyeɛ sane kɔɔ wɔn tenabea. Na Amasia hyɛɛ ne ho den, na ɔde ne dɔm no kɔɔ Nkyene-Bonhwa no mu, na ɔkɔkum Seirfoɔ no mu nnipa mpemdu. Na wɔn mu nnipa mpemdu nso, Yudafoɔ no faa wɔn nnommum animono so, na wɔde wɔn kɔɔ ɔbotan bi atifi, na wɔtotoo wɔn firii ɔbotan no atifi hwehwee fam maa wɔn nyinaa mu paepaee. Na asafo a Amasia maa wɔsanee sɛ wɔne no nnkɔ ɔsa no mma kɔguu Yuda nkuro so, firi Samaria kɔduruu Bet-horon, na wɔkunkumm wɔn mu nnipa mpensa, na wɔfom adeɛ bebree fae. Na Amasia firii Edomfoɔ kum sane baeɛ no, ɔde Seirfoɔ anyame bae, na ɔde bɛsisii hɔ fae sɛ anyame, na ɔkotoo wɔn anim, na ɔhyee aduhwam maa wɔn. Ɛnna AWURADE abufuo sɔre tiaa Amasia, na ɔsomaa odiyifoɔ bi baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Adɛn nti na woahwehwɛ ɔman bi anyame a wɔantumi annye wɔn man amfiri wo nsam no? Na ɔrekasa akyerɛ no no, ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Wɔahyɛ wo ɔhene fotufoɔ? Gyae! Adɛn nti na wɔnku woɔ? Na odiyifoɔ no gyaee, na ɔkaa sɛ: Mahunu sɛ AWURADE abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe wo, ɛfiri sɛ woayɛ yei, na woantie m’afotuo no. Ɛnna Yudahene Amasia tuu agyina, na ɔsomaa Israelhene Yoas a ɔyɛ Yehoahas ba Yehu baa ne nkyɛn sɛ: Bra ma yɛnsɔ yɛn ho nhwɛ. Na Israelhene Yoas soma maa wɔkɔɔ Yudahene Amasia nkyɛn sɛ: Nkasɛɛ dua a ɛwɔ Lebanon no soma maa wɔkɔɔ tweneduro a ɛwɔ Lebanon no nkyɛn sɛ: Fa wo ba ma me ba nware. Na wiram mmoa a wɔwɔ Lebanon no sene bɛtiatiaa nkasɛɛ dua no so. Wose: Hwɛ, woakum Edom, na w’ahoahoa wo ho sɛ worehwehwɛ animuonyam. Afei tena wo fie. Adɛn nti na wo ne mmusuo rebɛdi aperepereɛ na woahwe aseɛ, wo ne Yuda nyinaa? Na Amasia antie, ɛfiri sɛ Nyankopɔn nsam na ɛfire, sɛ ɔde wɔn bɛhyɛ obi nsam, sɛ wɔasom Edom anyame no nti. Na Israelhene Yoas foro bae, na wɔde bɛbɔɔ anim, ɔno ne Yudahene Amasia wɔ Bet-semes a ɛyɛ Yuda dea no. Na Yuda gui wɔ Israel anim, na wɔdwanedwane kɔɔ wɔn ntomadan mu. Na Yudahene Amasia a ɔyɛ Yoas ba, Yehoahas ba deɛ, Israelhene Yoas kyeree no Bet-semes, na ɔde no baa Yerusalem na ɔdwirii Yerusalem fasuo no firii Efraim pono ho de kɔsii ntweaso pono no ho, basafa ahanu. Na ɔfaa sika ne dwetɛ nyinaa ne nnwinneɛ a wɔhunuu no Nyankopɔn fie, Obed-Edom nsam no nyinaa, ne ahemfie akoradeɛ no ne nnommum no nso, na ɔsane kɔɔ Samaria. Na Yudahene Amasia a ɔyɛ Yoas ba dii mfirinhyia dunum, Israelhene Yoas a ɔyɛ Yehoahas ba no wuo akyi. Na Amasia ho nsɛm nkaeɛ, akane deɛ ne akyire yi deɛ no, hwɛ, wɔantwerɛ no Yuda ne Israel Ahemfo Nwoma no mu anaa? Na ɛfiri berɛ a Amasia sane firii AWURADE akyire no, wɔpamm ne tiri so wɔ Yerusalem, na ɔdwane kɔɔ Lakis, na wɔsoma maa wɔtii no kɔɔ Lakis kɔkumm no wɔ hɔ. Na wɔsoaa no apɔnkɔ so bae, na wɔbɛsiee no n’agyanom nkyɛn wɔ Dawid kuro no mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yuda man no nyinaa faa Usia, na wadi mfirinhyia dunsia, na wɔsii no hene n’agya Amasia ananmu. Ɔno na ɔkyekyeree Elot, na ɔdane maa Yuda, akyire yi a ɔhene no tii n’agyanom wɔ asamando. Usia dii mfeɛ dunsia na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ aduonum mmienu wɔ Yerusalem. Na ne na din de Yekalia a ɔfiri Yerusalem. Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, sɛdeɛ n’agya Amasia yɛeɛ no ara. Na ɔhwehwɛɛ Onyankopɔn nna a Sakaria a ɔyɛ Nyankopɔn adehunu mu nhunumufoɔ no wɔ hɔ no nyinaa, na nna nso a ɔhwehwɛɛ AWURADE no, Onyankopɔn maa no dii yie. Na ɔfirii adi ne Filistifoɔ kɔkoe, na ɔbubuu Gat fasuo ne Yabne fasuo ne Asdod fasuo, na ɔkyekyeree nkuro Asdod ho ne Filistifoɔ no mu. Na Onyankopɔn boaa no tiaa Filistifoɔ ne Arabfoɔ a na wɔtete Gur-baal, ne Meunifoɔ no. Na Amonfoɔ de apeatoɔ brɛɛ Usia, na ne din hyeta kɔduruu Misraim, na ne ho yɛɛ den kɔɔ so pa ara. Na Usia totoo aban atentene wɔ Yerusalem, ntweaso pono no so, ne bonhwa pono no so ne emu fam ntweaso no so, na ɔhyehyɛɛ no den. Na ɔtotoo aban atentene nso ɛserɛ so, na ɔtutuu mmura pii, ɛfiri sɛ na ɔwɔ mmoakuo bebree mpaperɛ ne asaseta so. Ɔwɔ akuafoɔ ne bobeturoyɛfoɔ, mmepɔ so ne Karmel so, ɛfiri sɛ na ɔpɛ kua. Na Usia wɔ dɔm a wɔdi ako a wɔtu sa asafo soɔ, sɛdeɛ wɔn nkaneeɛ a wɔnam Ɔtwerɛfoɔ Yeiel ne Ɔpanin Maaseia so kan wɔn no ano teɛ, wɔn nso na wɔhyɛ Hanania a ɔfiri ɔhene asafohene no mu no aseɛ. Agyanom atitire a wɔwɔ mmarima akofoɔ no mu no nyinaa ano si mpennu ahansia. Na ɛdɔm a ɛhyɛ wɔn aseɛ a wɔtumi wɔn ho ano si mpemahasa ne mpemnson ahanum, akofoɔ a wɔwɔ tumi ne ahoɔden de boa ɔhene tia atamfoɔ. Wɔn na Usia siesiee akyɛm, mpea, nnadeɛkyɛ, nkataboɔ, ntadua ne ntɔmmoɔ maa wɔn, sɛ wɔmfa mma dɔm no nyinaa. Na ɔyɛɛ adetoɔ mfidie a ɛyɛ adwumfoɔ adwini wɔ Yerusalem, sɛ ɛnsisi aban atentene so ne afasuo ntweaso, na wɔmfa ntoto agyan ne aboɔ akɛseɛ. Na ne din hyeta kɔɔ akyirikyiri pa ara, na ɔnyaa mmoa a ɛyɛ nwanwa kɔsii sɛ ne ho yɛɛ den. Na ne ho yɛɛ den no, ɔyɛɛ ahantan na ɔbɔɔ brafunu, na ɔfomm AWURADE ne Nyankopɔn, na ɔhyɛnee AWURADE asɔredan mu sɛ ɔrekɔhye aduhwam aduhwamhyeɛbukyia no so. Na Ɔsɔfoɔ Asaria dii n’akyi, na AWURADE asɔfoɔ aduɔwɔtwe, nnipa a wɔtumi wɔn ho ka ne ho. Na wɔkɔgyinae ne Ɔhene Usia dii asie, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Usia, ɛnyɛ wo deɛ sɛ wobɛhye aduhwam ama AWURADE, na ɛyɛ asɔfoɔ, Aaron mma a wɔayɛ wɔn kronkron sɛ wɔnhye aduhwam no dea. Firi adi firi kronkronbea ha yi, na woafom, na w’anim nyɛ nyam AWURADE Nyankopɔn anim. Na Usia bo fui, na aduhwamhyeɛ adeɛ no kura ne nsam sɛ ɔde rebɛhye aduhwam no. Na ɔfaa asɔfoɔ no ho abufuo no, kwata fifirii ne moma so, asɔfoɔ no anim, AWURADE fie hɔ, aduhwamhyeɛbukyia no ho. Na Ɔsɔfopanin Asaria danee n’ani kyerɛɛ no, ɔne asɔfoɔ no nyinaa, na hwɛ, wayare kwata ne moma so, na wɔpiapiaa no firii hɔ, na ɔno ara nso yɛɛ ntɛm firii adi, ɛfiri sɛ AWURADE aka no. Na Ɔhene Usia yaree kwata kɔsii ne wuda, na ɔtenaa ayarefoɔ fie sɛ ɔkwatani, na wɔsii no AWURADE fie kwan. Na ne ba Yotam dii ɔhene fie no so, na ɔbuu asase no so man no atɛn. Na Usia ho nsɛm nkaeɛ, akane deɛ ne akyire yi deɛ no, Amos ba Odiyifoɔ Yesaia atwerɛ. Na Usia tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no n’agyanom nkyɛn ahemfo asieeɛ asase no so, na wɔkaa sɛ: Ɔyaree kwata. Na ne ba Yotam bɛdii n’adeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yotam dii mfeɛ aduonu nnum na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dunsia wɔ Yerusalem. Na ne na din de Yerusa a ɔyɛ Sadok ba. Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, sɛdeɛ n’agya Usia yɛeɛ no ara. Nanso wanhyɛne AWURADE asɔredan no mu. Nanso ɔman no kɔɔ so bɔɔ ɔbra bɔne ara. Ɔno na ɔsii AWURADE fie atifi pono no. Na Ofel fasuo no nso, ɔtoo bebree. Na ɔkyekyeree nkuro nso wɔ Yuda mmepɔ so, na ɔtotoo aban a ɛyɛ den ne aban atentene kwaeɛ mu. Na ɔno ara na ɔne Amonfoɔ hene kɔkoeɛ, na ɔdii wɔn so tumi. Na Amonfoɔ no maa no dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha ne ayuo kor mpemdu ne atokoɔ nso mpemdu afe no mu. Amonfoɔ no de nnoɔma bi brɛɛ no afe a ɛtɔ so mmienu ne mmiɛnsa mu nso. Na Yotam yɛɛ ɔberempɔn, ɛfiri sɛ ɔsiesiee n’akwan AWURADE ne Nyankopɔn anim. Na Yotam ho nsɛm nkaeɛ ne n’akodie ne n’akwan nyinaa, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma no mu. Ɔdii mfeɛ aduonu nnum na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dunsia wɔ Yerusalem. Na Yotam tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Dawid kuro no mu. Na ne ba Ahas bɛdii n’adeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ahas dii mfeɛ aduonu na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dunsia wɔ Yerusalem. Na wanyɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so sɛ n’agya Dawid. Na ɔnantee Israel ahemfo akwan so, na ɔyɛɛ guo ahoni nso maa Baalim. Na ɔhyee aduhwam Hinom ba bonhwa no mu, na ɔhyee ne mma wɔ ogya mu, sɛdeɛ akyiwadeɛ a amanaman a AWURADE tutuu wɔn firii Israelfoɔ anim no yɛeɛ no teɛ no. Na ɔbobɔɔ afɔdeɛ na ɔhyee nnuhwam sorɔnsorɔmmea ne nkokoɔ so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase. Ɛnna AWURADE ne Nyankopɔn de no hyɛɛ Siriahene nsa, na wɔkaa no gui, na wɔfaa ne nnipa mu pii nnommum, na wɔde wɔn kɔɔ Damasko. Nanso ɔde no hyɛɛ Israel hene nsa, na ɔde okumkɛseɛ kaa no gui. Na Remalia ba Peka kunkumm Yuda mu nnipa mpemha aduonu da koro, mmarima a wɔtumi wɔn ho ara nko, ɛnam sɛ wɔagya AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn ntira. Na Sikri, Efraim dɔmmarima bi, kumm ɔhene ba Maaseia ne ahemfie bapɔmma Asrikam ne Elkana a ɔdi ɔhene akyire. Na Israelfoɔ no faa wɔn nuanom mu nnipa mpemahanu nnommum, mmaa, mmammarima ne mmammaa, na wɔfomm wɔn asadeɛ bebree fae, na wɔde asadeɛ no kɔɔ Samaria. Na AWURADE diyifoɔ bi wɔ hɔ a ne din de Oded. Ɔno na ɔfirii adi kɔhyiaa dɔm a wɔreba Samaria no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, AWURADE mo agyanom Nyankopɔn no abufuo a ɛsɔre tiaa Yuda no nti na ɔde wɔn ahyɛ mo nsa, na mode abohuro kɛseɛ akunkum wɔn. Na afei, Yuda ne Yerusalem mma no na mose moredi wɔn nya ayɛ nkoa ne mfenaa yi? Mo deɛ, ɛnyɛ mo ara na ɛso deda mo soɔ AWURADE mo Nyankopɔn anim? Na afei, montie me, na momma nnommum a mofaa wɔn firii mo nuanom mu no nsane nkɔ, na AWURADE abufuhyeɛ asɔre atia mo. Ɛnna Efraimfoɔ atitire mu binom, Yohanan ba Asaria, Mesilemot ba Berekia ne Salum ba Yehiskia ne Hadlai ba Amasa sɔresɔre tiaa wɔn a wɔfiri sa baeɛ no, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommfa nnommum no mma ha, ɛfiri sɛ mode deɛ ɛde AWURADE anim asodie bɛba de abɛpae yɛn bɔne ne yɛn asodie dada no soɔ, ɛfiri sɛ yɛn asodie dɔɔso ma yɛn, na AWURADE abufuhyeɛ wɔ Israel so. Ɛnna wɔn a wɔamia no gyaa nnommum no ne asadeɛ no, asafohene no ne badwa no nyinaa anim. Na mmarima a wɔabobɔ wɔn din no sɔresɔree, na wɔsosɔɔ nnommum no nsa, na wɔn mu wɔn a wɔdeda adagya no, wɔde asadeɛ no mu ntoma bi firafiraa wɔn, na wɔhyehyɛɛ wɔn ntadeɛ ne mpaboa, na wɔmaa wɔn aduane dii, ne nsuo nomee, na wɔsrasraa wɔn, na wɔde wɔn a wɔntumi nnanteɛ nyinaa tenatenaa mfunumu so, na wɔde wɔn baa Yeriko, mmɛ kuro no mu wɔn nuanom nkyɛn. Na wɔsane kɔɔ Samaria. Ɛberɛ no mu, Ɔhene Ahas soma maa wɔkɔɔ Asiria hene nkyɛn sɛ ɔmmɛboa no. Ɛfiri sɛ na Edomfoɔ no aba abɛkunkum Yudafoɔ bi na wɔafa binom nnommum. Na Filistifoɔ nso abɛgu mpaperɛ so ne Yuda anafoɔ fam nkuro so, na wɔagye Bet-semes ne Ayalon ne Gederot ne Soko ne ɛho nkurowa ne Timna ne ɛho nkurowa ne Gimso ne ɛho nkurowa, na wɔtenatenaa hɔ. Na ɛsiane sɛ Israelhene Ahas ayɛ Yuda mu bisibasaa, na wafom AWURADE nti, AWURADE brɛɛ Yuda ase. Na Asiriahene Tilgat-pilneser baa ne so bɛhiahiaa ne ho, na wanhyɛ no den, na Ahas kɔfaa AWURADE fie no ne ahemfie ne mmapɔmma no fie nnoɔma, na ɔde maa Asiriahene; nanso ammoa no. Na n’ahohiahia berɛ mu no Ɔhene Ahas no ara kɔɔ so fomm AWURADE, na ɔbɔɔ afɔdeɛ maa Damasko anyame a wɔkaa no guiɛ no, na ɔkaa sɛ: Siria ahemfo no anyame na wɔboa wɔn nti, wɔn na mɛbɔ wɔn afɔdeɛ na wɔaboa me. Nso wɔn na wɔyeyɛɛ ɔno ne Israel nyinaa suntidua. Na Ahas boaboaa Nyankopɔn fie nnwinneɛ ano, na ɔtwitwaa Nyankopɔn fie nnwinneɛ no mu, na ɔtotoo AWURADE fie apono no mu. Na ɔsisii afɔrebukyia Yerusalem ntwea nyinaa so. Na ɔyɛɛ sorɔnsorɔmmea Yuda nkuro nyinaa mu, sɛ wɔnhye aduhwam mma anyame foforɔ, na ɔhuruu AWURADE n’agyanom Nyankopɔn no bo. Na ne ho nsɛm nkaeɛ ne n’akwan nyinaa, akane deɛ ne akyire yi deɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no Yuda ne Israel Ahemfo Nwoma no mu. Na Ahas tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Yerusalem kuro no mu; na wɔamfa no ankɔ Israel ahemfo asieeɛ. Na ne ba Hesekia bɛdii n’adeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Hesekia bɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduonu nnum, na ɔdii hene mfirinhyia aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne na din de Abia a ɛyɛ Sakaria ba. Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so sɛdeɛ n’agya Dawid yɛeɛ no ara. Ɔno deɛ, n’ahennie afe a ɛdi kan no mu, bosome a ɛdi kan no so na ɔhinihinii AWURADE fie apono no, na ɔmiamiaa mu. Na ɔde asɔfoɔ ne Lewifoɔ no baa mu, na ɔboaboaa wɔn ano apueeɛ mpraeɛ no so, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Lewifoɔ, montie, afei monyɛ mo ho kronkron, na monyɛ AWURADE mo Nyankopɔn fie kronkron, na monyiyi fi no mfiri kronkronbea hɔ. Na yɛn agyanom fomee, na wɔyɛɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ani so bɔne, na wɔgyaa no, na wɔyii wɔn ani firii AWURADE tenabea no ho, na wɔde wɔn akyi kyerɛɛ no. Nso wɔtoo ntwironowa no apono mu, na wɔdunnumm nkanea no, na wɔanhye aduhwam, na ɔhyeɛ afɔdeɛ nso wɔammɔ no kronkronbea hɔ amma Israel Nyankopɔn no. Enti na AWURADE abufuo baa Yuda ne Yerusalem soɔ, na ɔde wɔn yɛɛ ahoyeradeɛ ne ahodwirideɛ ne hwerɛmabɔ, sɛdeɛ mo ara mode mo ani hunu yi. Na hwɛ, yɛn agyanom atotɔ afena ano, na yɛn mmammarima ne yɛn mmammaa ne yɛn yerenom nso, yei nti wɔafa wɔn nnommum kɔ. Afei ɛwɔ m’akoma mu, sɛ me ne AWURADE Israel Nyankopɔn bɛpam, na n’abufuhyeɛ no afiri yɛn so akɔ. Me mma, afei monnyɛ aniha, na mo na AWURADE ayi mo sɛ monnyina n’anim nsom, na monyɛ no asomfoɔ ne aduhwamhyefoɔ. Ɛnna Lewifoɔ no sɔreeɛ, Amasai ba Mahat ne Asaria ba Yoel, wɔfiri Kohatfoɔ mma mu; ne Merari mma mu: Abdi ba Kis ne Yehalelel ba Asaria; ne Gersonfoɔ no mu: Sima ba Yoah ne Yoah ba Eden. Ne Elisafan mma mu, Simri ne Yeiel; ne Asaf mma mu, Sakaria ne Matania; ne Heman mma mu: Yehiel ne Simei; ne Yedutun mma mu: Semaia ne Usiel. Na wɔboaboaa wɔn nuanom ano, na wɔyɛɛ wɔn ho kronkron, na wɔbaa sɛdeɛ ɔhene hyɛɛ no AWURADE nsɛm soɔ no, sɛ wɔrebɛpepa AWURADE fie no mu. Na asɔfoɔ no hyɛnee AWURADE fie no mu sɛ wɔrekɔpepa mu, na wɔyiyii fi a wɔhunuu no AWURADE fie no mu no nyinaa de baa AWURADE fie abannwa no so, na Lewifoɔ no sesa firii hɔ, na wɔkɔto guu Kidron subonhwa no mu. Na bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no na wɔfirii kronkronyɛ no aseɛ, na bosome no mu da a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔduruu AWURADE ntwironowa no ho, na wɔyɛɛ AWURADE fie no kronkron nnawɔtwe; na bosome a ɛdi kan, da a ɛtɔ so dunsia no wɔwiee, ɛnna wɔhyɛnee mu baa Ɔhene Hesekia nkyɛn, na wɔkaa sɛ: Yɛapepa AWURADE fie hɔ nyinaa ne ɔhyeɛ afɔrebukyia no ne ɛho adeɛ nyinaa, ne nsiesieeɛ pono no ne ɛho nnoɔma nyinaa ho; na nnoɔma a Ɔhene Ahas di hene no, ɔto guiɛ wɔ ne mmarato mu no nyinaa nso, yɛasiesie na yɛadwira ho, na hwɛ, ɛwowɔ AWURADE afɔrebukyia no anim. Ɛnna Ɔhene Hesekia tuaa nhema boaboaa kuro no mmapɔmma no ano, na ɔforo kɔɔ AWURADE fie. Na wɔde anantwinini nson ne adwennini nson ne nnwammaa nson ne mpapo nson kɔbɔɔ bɔne ho afɔdeɛ maa ahennie no ne kronkronbea no ne Yuda. Na ɔka kyerɛɛ Aaron mma, asɔfoɔ no, sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ AWURADE afɔrebukyia no so. Na wɔkunkumm anantwie no, na asɔfoɔ no sɔɔ mogya no, na wɔde petee afɔrebukyia no so, na wɔkunkumm adwennini no de wɔn mogya petee afɔrebukyia no so, na wɔkunkum nnwammaa no de wɔn mogya petee afɔrebukyia no so. Na wɔde bɔne ho afɔdeɛ mpapo no baa ɔhene badwa no anim, na wɔde wɔn nsa guguu wɔn so. Na asɔfoɔ no kunkumm wɔn, na wɔde wɔn mogya no yɛɛ bɔne ho afɔdeɛ guu afɔrebukyia no ho sɛ wɔde repata ama Israel nyinaa. Na Israel nyinaa na ɔhene no kaa sɛ, ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ no yɛ Israel nyinaa dea. Na ɔde Lewifoɔ no gyinagyinaa AWURADE fie, na wɔkurakura nnawuro ne mmɛnta ne asankuten sɛdeɛ Dawid ne ɔhene no Ɔdehunufoɔ Gad ne Odiyifoɔ Natan hyɛeɛ no. Na AWURADE nam n’adiyifoɔ nsa so na ɔhyɛeɛ. Na Lewifoɔ no de Dawid nsankuo no gyinagyina hɔ, na asɔfoɔ no nso de ntotorobɛnto. Na Hesekia kaa sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ afɔrebukyia no so. Na ɛberɛ a wɔfirii ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ aseɛ no, AWURADE dwom ne ntotorobɛntohyɛne nso firii aseɛ Israelhene Dawid dwontoɔ nnoɔma no so. Na badwa no nyinaa kotokotoe, na wɔtotoo nnwom na wɔhyenhyɛnee ntotorobɛnto no ara de kɔsii sɛ wɔwiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ. Na wɔwiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ no, ɔhene ne wɔn a na wɔka ne ho no nyinaa kotokoto sɔree. Na Ɔhene Hesekia ne asafohene no ka kyerɛɛ Lewifoɔ no sɛ wɔmfa Dawid ne Ɔdehunufoɔ Asaf nsɛm nyi AWURADE ayɛ. Na wɔde anigyeɛ yii no ayɛ, na wɔbobɔɔ wɔn mu ase sɔree. Na Hesekia kaa sɛ: Afei moadwira mo ho ama AWURADE, montwe mpini, na momfa okum afɔdeɛ ne aseda afɔdeɛ mmra AWURADE fie. Na badwa no de okum afɔdeɛ ne aseda afɔdeɛ bae, na obiara a ɔwɔ ayamyɛ akoma no de ɔhyeɛ afɔdeɛ bae. Na ɔhyeɛ afɔdeɛ a badwa no de baeɛ no ano si anantwie aduɔson, adwennini ɔha, nnwammaa ahanu. Yei nyinaa wɔde bɔɔ AWURADE ɔhyeɛ afɔdeɛ. Na akronkronneɛ no yɛ anantwie ahansia ne nnwan mpensa. Nanso na asɔfoɔ no nnɔɔso nti, wɔn nko ara antumi anyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ no nyinaa, enti wɔn nuanom Lewifoɔ no boaa wɔn kɔsii sɛ wɔwiee adwuma no ansa na asɔfoɔ no reyɛ wɔn ho kronkron. Na na Lewifoɔ no akoma tene sene asɔfoɔ no wɔn ho kronkronyɛ no mu. Nanso ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ ne ahwiesa a ɛka ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho dɔɔso bebree. Sɛ wɔsiesiee AWURADE fie som no nie. Na Hesekia ne ɔman no nyinaa ani gyee sɛ Onyankopɔn asiesie ɔman no, ɛfiri sɛ ntɛm so na wɔyɛɛ adeɛ yi.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Hesekia soma maa wɔkɔɔ Israel ne Yuda nyinaa so, na ɔtwerɛɛ nwoma nso kɔmaa Efraim ne Manase, sɛ wɔmmra AWURADE fie wɔ Yerusalem, na wɔmmɛdi Twam mma AWURADE Israel Nyankopɔn. Na ɔhene no ne ne mmapɔmma ne badwa no nyinaa atu agyina wɔ Yerusalem sɛ wɔbɛdi Twam bosome a ɛtɔ so mmienu no so. — Na wɔantumi anni no berɛ no mu, ɛfiri sɛ na asɔfoɔ no nnya nyɛɛ wɔn ho kronkron mmaa no nnɔɔso, na ɔman no nso nnya mmoaa wɔn ano Yerusalem. — Na nhyehyɛɛ no sɔɔ ɔhene ne badwa no nyinaa ani. Na wɔhyɛɛ asɛm no so mmom sɛ wɔmpae no Israel nyinaa mu mfiri Beer-seba nkɔsi Dan, sɛ wɔmmra mmɛdi Twam mma AWURADE Israel Nyankopɔn wɔ Yerusalem, ɛfiri sɛ na wɔmmɔɔ mu nnii no sɛdeɛ wɔatwerɛ no no. Na awɛmfoɔ de nwoma a ɛfiri ɔhene ne ne mmapɔmma nsam no sii mu kɔ kɔkyinii Israel ne Yuda nyinaa mu, sɛdeɛ ɔhene mmara no teɛ, kaa sɛ: Israelfoɔ, monsane mmra AWURADE, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn nkyɛn, na ɔno nso asane aba wɔn a wɔafiri mu aka ama mo afiri Asiria ahemfo nsam no nkyɛn. Na monnyɛ sɛ mo agyanom ne mo nuanom a wɔfomm AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn, na ɔde wɔn yɛɛ ɔsɛeɛ adeɛ, sɛdeɛ mo ara mohunu yi. Afei monnsensene mo kɔn sɛ mo agyanom, momfa mo ho mma AWURADE, na mommra ne kronkronbea a wayɛ no kronkron de rekɔsi daa no mu, na monsom AWURADE mo Nyankopɔn, na n’abufuhyeɛ no mfiri mo ho nkɔ. Na sɛ mosane ba AWURADE nkyɛn a, mo nuanom ne mo mma bɛnya mmɔborɔhunu, wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no nsam, na wɔasane aba asase yi so bio, na ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ ne AWURADE mo Nyankopɔn, na sɛ mosane ba ne nkyɛn a, ɔrenyi n’ani mfiri mo so. Ɛnna asomafoɔ no sene firii kuro mu kɔɔ kuro mu, Efraim ne Manase asase so de kɔsii Sebulon tɔnn. Na wɔsereseree wɔn na wɔdii wɔn ho fɛw. Nanso ebinom a wɔfirii Aser ne Manase ne Sebulon brɛɛ wɔn ho ase na wɔbaa Yerusalem. Na Nyankopɔn nsa baa Yuda nso so, sɛ ɔrema wɔn akoma korɔ sɛ wonni ɔhene ne asafohene no adeɛ a wɔde AWURADE asɛm hyɛeɛ no so. Na nkurɔfoɔ bebree boaa wɔn ano wɔ Yerusalem sɛ wɔrebɛdi apiti nnapɔnna no bosome a ɛtɔ so mmienu no so, badwa kɛseɛ pa ara. Na wɔsɔre yiyii afɔrebukyia a ɛwowɔ Yerusalem no, na aduhwamhyeɛ afɔrebukyia no nyinaa nso wɔyiyii, na wɔkɔto guu asuwa Kidron mu. Ɛnna wɔkumm Twam Dwan no bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so dunan no. Na asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no ani wui, na wɔdwiraa wɔn ho, na wɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ baa AWURADE fie. Na wɔkɔgyinagyinaa wɔn agyinaeɛ, sɛdeɛ wɔn amanneɛ no teɛ, Nyankopɔn nipa Mose mmara mu. Na asɔfoɔ no gyee mogya no Lewifoɔ no nsam de petee. Ɛfiri sɛ na nnipa bebree wɔ badwa no mu a wɔnnya nyɛɛ wɔn ho kronkron, na Lewifoɔ no de Twam nnwan no kum ara maa wɔn a wɔn ho nteɛ no nyinaa, sɛ ɛnyɛ kronkron mma AWURADE. Na ɔman no mu dodoɔ, nnipa bebree a wɔfiri Efraim ne Manase ne Isakar ne Sebulon annya annwira wɔn ho, na wɔdii Twam no, nso ɛnyɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no. Ɛfiri sɛ Hesekia bɔɔ mpaeɛ maa wɔn, na ɔkaa sɛ: AWURADE a woyɛ, fa kyɛ obiara a wasiesie n’akoma sɛ ɔrehwehwɛ Onyankopɔn, AWURADE n’agyanom Nyankopɔn, mpo sɛ ɛnyɛ kronkronbea ahodwira so a. Na AWURADE tiee Hesekia, na ɔsaa ɔman no yadeɛ. Na Israelfoɔ a wɔhunuu wɔn Yerusalem no dii apiti nnapɔnna no nnanson anigyeɛ kɛseɛ mu, na Lewifoɔ ne asɔfoɔ no de AWURADE nsankuo no yii AWURADE ayɛ nna nyinaa. Na Hesekia kaa Lewifoɔ a wɔwɔ AWURADE ho nimdeɛ pa no nyinaa abotɔyam asɛm, na wɔdii afahyɛ afɔrebɔdeɛ no nnanson, na wɔbobɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ, na wɔkamfoo AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no. Na badwa no nyinaa penee so, sɛ wɔbɛdi Twam no nnanson foforɔ nso, na wɔde anigyeɛ dii nnanson no bio. Na Ɔhene Hesekia yii anantwinini apem ne nnwan mpemnson maa badwa no, na mmapɔmma no nso yii anantwie apem ne nnwan mpemdu maa badwa no. Na asɔfoɔ bebree dwiraa wɔn ho. Na Yuda badwa no nyinaa ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no, ne asafo a wɔfiri Israel baeɛ no nyinaa nso, ahɔhoɔ a wɔfiri Israel asase so baeɛ no ne wɔn a wɔte Yuda no ani gyee. Na anigyeɛ kɛseɛ baa Yerusalem; anigyeɛ a ɛfiri Dawid ba Salomo berɛ so ebi mmaa Yerusalem saa da. Ɛnna asɔfoɔ ne Lewifoɔ no sɔreeɛ na wɔhyiraa ɔman no. Na wɔtee wɔn nne, na wɔn mpaebɔ duruu ne tenabea kronkron no ɔsoro.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na wɔwiee yei nyinaa no, Israelfoɔ a wɔhunuu wɔn hɔ no nyinaa firii adi kɔɔ Yuda nkuro mu, na wɔkɔbubuu fadum, na wɔtwitwaa Asera nnua, na wɔdwirii sorɔnsorɔmmea ne afɔrebukyia no Yuda ne Benyamin nyinaa, ne deɛ ɛwɔ Efraim ne Manase no nso de kɔsii sɛ wɔwieeɛ. Ɛnna Israelfoɔ no nyinaa sane kɔɔ wɔn nkuro ne nkuraase. Na Hesekia de asɔfoɔ ne Lewifoɔ no nkyekyɛmu so atitire no sisii wɔn nkyekyɛmu so, obiara sɛdeɛ ne som teɛ, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no, sɛ wɔmmobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ na wɔnsom na wɔnna ase, nyi ayɛ AWURADE nsraban apono mu. Na mmoa a ɛfiri ɔhene nnoɔma mu no, wɔde ma ɔhyeɛ afɔdeɛ, anɔpa ne anwummerɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ne home nna ne abosome foforɔ ne afahyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, sɛdeɛ wɔatwerɛ no AWURADE mmara mu no. Na ɔhyɛɛ nkurɔfoɔ a wɔte Yerusalem no sɛ wɔmfa asɔfoɔ ne Lewifoɔ no kyɛfa mma, na wɔasɔ AWURADE mmara no mu den. Na asɛm no hyetae no, Israel mma no de ayuo ne nsa ne ngo ne ɛwoɔ ne mfuo mu nnɔbaeɛ nyinaa mu adikanneɛ bebree bae, na nnoɔma nyinaa mu ntotosoɔ du du no nso, wɔde pii bae. Na Israel ne Yuda mma a wɔtete Yuda nkuro mu no, wɔn nso wɔde anantwie ne nnwan mu ntotosoɔ du du ne akronkronneɛ a wɔdwira wɔn ho ama AWURADE wɔn Nyankopɔn no mu ntotosoɔ du du bae, na wɔde bɛguu hɔ akuakuo. Bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu na wɔfirii akuakuo no aseɛ, na bosome a ɛtɔ so nson no mu na wɔwieeɛ. Ɛnna Hesekia ne asafohene no ba bɛhunuu nnoɔma akuakuo no, wɔhyiraa AWURADE ne ne man Israel. Na Hesekia bisaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ no akuakuo no ho asɛm. Ɛnna Asaria, ɔsɔfo panin a ɔfiri Sadok fie no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛfiti sɛ wɔfirii aseɛ de mmasoɔ adeɛ baa AWURADE fie no, yɛadidi amee, ama pii aka, ɛfiri sɛ AWURADE ahyira ne man, na nkaeɛ ne kuo kɛseɛ yi. Na Hesekia hyɛɛ sɛ wɔnsiesie mpumpunu AWURADE fie; na wɔsiesiee, na wɔde mmasoɔ adeɛ no ne ntotosoɔ du du no ne akronkronneɛ no hyɛɛ hɔ nokorɛdie so. Na ɛso panin ne Lewini Kanania, na ne nua Simei di hɔ. Na Yehiel ne Asasia ne Nahat ne Asahel ne Yerimot ne Yosabad ne Eliel ne Ismakia ne Mahat ne Benaia ne ɛso hwɛfoɔ wɔ Kanania ne ne nua Simei ase, sɛdeɛ Ɔhene Hesekia ne Nyankopɔn fie so panin Asaria hyɛeɛ no. Na Imna ba Kore, Lewini a ɔwɛn apueeɛ pono no na na ɔhwɛ Nyankopɔn ayamyɛ ayɛyɛdeɛ no soɔ, sɛ ɔde AWURADE mmasoɔ adeɛ ne akronkronneɛ mu adekronkron no bɛma. Na n’ase na Eden ne Miniamin ne Yesua ne Semaia, Amaria ne Sekania hyɛ, wɔ asɔfoɔ nkuro no mu, de nokorɛdie kyɛ wɔn nuanom nnoɔma, sɛdeɛ nkyekyɛmu no teɛ, ɔkɛseɛ deɛ te sɛ akumaa deɛ. Ɛsono wɔn a wɔkan wɔn sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ deɛ a wɔde ma mmarima a wɔadi mfeɛ mmiɛnsa de rekorɔ, wɔn a wɔba AWURADE fie bɛyɛ wɔn adwuma sɛdeɛ da biara deɛ teɛ, sɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no; ne asɔfoɔ no nkaneeɛ deɛ, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ, ne Lewifoɔ no deɛ nso, de firi deɛ wadi mfirinhyia aduonu so de rekorɔ, sɛdeɛ wɔn dibea teɛ wɔ wɔn akuo mu, ne wɔn mma nkumaa ne wɔn yerenom ne wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa nyinaa nkaneeɛ deɛ nso, sɛdeɛ asafo no nyinaa teɛ, ɛfiri sɛ wɔn nokorɛdie so na wɔyɛɛ akronkronneɛ no ho adeɛ. Na Aaron mma, asɔfoɔ no a wɔwɔ wɔn nkuro ho mmoa adidibea nsase so mfuo mu, mmarima a wɔabobɔ wɔn din mmaako mmaako wowɔ nkuro no nyinaa mu sɛ wɔmfa kyɛfa no mmema asɔfoɔ no mu mmarima nyinaa ne wɔn a wɔakan wɔn Lewifoɔ no mu no nyinaa. Na Hesekia yɛɛ saa ara Yuda nyinaa mu. Na ɔyɛɛ deɛ ɛyɛ, na ɛtene na ɛyɛ nokorɛ AWURADE ne Nyankopɔn anim. Na nneyɛɛ a ɔfirii aseɛ Nyankopɔn fie som mu ne mmara ne mmara nsɛm mu, de hwehwɛɛ ne Nyankopɔn no nyinaa, ɔde n’akoma nyinaa na ɛyɛeɛ, na ɛsii no yie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Nsɛm yi ne nnwuma mu nokorɛdie yi akyiri no, Asiriahene Sanaherib bae, na ɔbaa Yuda so bɛkyeree nkuro a ɛyɛ den no ho nsraban, na ɔsusuu sɛ ɔbɛdwiri afa. Na Hesekia hunuu sɛ Sanaherib aba na n’ani wɔ so sɛ ɔne Yerusalem rebɛko no, ɔne ne mmapɔmma ne n’atumfoɔ tuu agyina sɛ wɔbɛsisi nsuo aniwa a ɛwowɔ kuro no ho no; na wɔboaa no. Na nkurɔfoɔ bebree bɛhyiae, na wɔsisii nsuo aniwa nyinaa ne asutene a ɛsene fa asase no soɔ, kaa sɛ: Adɛn nti na Asiriahene mmra mmɛnya nsuo a ɛdɔɔso? Na ɔhyɛɛ ne ho den, na ɔtoo ɔfasuo a abubuo no nyinaa, na ɔmaa no korɔn kɔsii aban atentene no ho, na ɔtoo ɔfasuo foforɔ, kuro no akyi, na ɔhyɛɛ Milo a ɛwɔ Dawid kuro mu no den, na ɔyeyɛɛ akodeɛ ne akyɛm bebree. Na ɔde ɔsa mu asafohene sisii ɔman no so, na ɔhyiaa wɔn baa ne nkyɛn, kuro pono ano mpraeɛ no so, na ɔkasa twaa wɔn bo too wɔn yam sɛ: Monhyɛ mo ho den na mo ho nyɛ den, monnsuro na mo akoma nntu Asiriahene no ne n’asafo yuu a wɔka ne ho no anim, na deɛ ɔne yɛn wɔ hɔ no so sene deɛ ɛne no wɔ hɔ. Ɔno deɛ, honam nsa na ɛne no wɔ hɔ, na yɛn deɛ, AWURADE yɛn Nyankopɔn na ɔne yɛn wɔ hɔ, sɛ ɔbɛboa yɛn na wako yɛn ko ama yɛn. Ɛnna ɔman no de wɔn ho too Yudahene Hesekia nsɛm no soɔ. Yei akyiri no, Asiriahene Sanaherib somaa ne nkoa maa wɔbaa Yerusalem, na ɔno deɛ, na ɔwɔ Lakis ho, na wɔn a na ɔdi wɔn soɔ nyinaa ka ne ho, ma wɔbɛka kyerɛɛ Yudahene Hesekia ne Yuda nyinaa a wɔwɔ Yerusalem no sɛ: Sɛ Asiriahene Sanaherib seɛ nie: Mo a mote Yerusalem a wɔatwa ho ahyia, ɛdeɛn so na mo ani da? Ɛnyɛ nnaadaa na Hesekia redaadaa mo, ama moabɛwu ɛkɔm ne sukɔm mu, reka sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛyi yɛn Asiriahene nsam no? Ɛnyɛ ɔno Hesekia no ara na ɔyiyii ne sorɔnsorɔmmea ne n’afɔrebukyia no, na waka akyerɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: Afɔrebukyia baako anim na monsɔre, na ɛso na monhye aduhwam no? Monnya nhunuu deɛ me ne m’agyanom ayeyɛ nsase so amanaman nyinaa no? Nsase so amanaman no anyame atumi agye wɔn nsase no me nsam anaa? Amanaman yi a m’agyanom asɛe wɔn pasapasa no anyame nyinaa mu hwan na watumi agye ne man me nsam, na mo nyame na ɔbɛtumi agye mo me nsam? Na afei mommma Hesekia nnsisi mo na ɔnnnaadaa mo saa, na monnnye no nnni, ɛfiri sɛ ɔman anaa ahennie biara nyame biara ntumi nnyee ne man me nsam anaa m’agyanom nsam, na nkantom mo nyame no; na ɔrennye mo me nsam. Na ne nkoa nso kaa deɛ ɛkyɛne yei tiaa AWURADE Nyankopɔn ne n’akoa Hesekia. Na ɔtwerɛɛ nwoma nso de bɛbɔɔ AWURADE Israel Nyankopɔn no ahohora, kaa ne ho asɛm sɛ: Sɛ nsase so amanaman no anyame annye wɔn aman me nsam no, sɛ nso Hesekia nyame no renyi ne man me nsam ne no. Na wɔde nne kɛseɛ teaa mu Yuda kasa mu frɛɛ Yerusalem man a wɔwɔ ɔfasuo soɔ no, sɛ wɔreyi wɔn hu na wɔasuro binim na wɔanya kuro no afa. Na wɔkasa tiaa Yerusalem Nyankopɔn no sɛ asase so amanaman anyame a wɔyɛ onipa nsa ano adwuma no. Na Ɔhene Hesekia ne Amos ba Odiyifoɔ Yesaia bɔɔ yei ho mpaeɛ na wɔteaa mu kyerɛɛ ɔsoro. Ɛnna AWURADE somaa ɔbɔfoɔ maa no bɛdwerɛɛ Asiriahene nsraban mu nnɔmmarima a wɔtumi wɔn ho ne mmapɔmma ne asafohene nyinaa, na ɔde aniwuo sane kɔɔ n’asase so. Na ɔkɔhyɛnee ne nyame fie, na ɛhɔ na wɔn a wɔfiri ne yafunu mu no mu bi maa no tɔɔ nkrantɛ ano. Saa na AWURADE gyee Hesekia ne wɔn a wɔte Yerusalem no nkwa firii Asiriahene Sanaherib ne nnipa nyinaa nsam, na ɔmaa wɔn ho tɔɔ wɔn afa nyinaa hyiae. Na nnipa bebree de ayɛyɛdeɛ brɛɛ AWURADE wɔ Yerusalem, na wɔde aboɔdenneɛ brɛɛ Yudahene Hesekia, na wɔmaa no so amanaman nyinaa ani so, yeinom akyi. Ɛberɛ no mu no Hesekia yaree owuyadeɛ; na ɔbɔɔ AWURADE mpaeɛ, na ɔbuaa no, na ɔmaa no nsɛnkyerɛnneɛ bi. Nanso ɔyɛ maa no no, Hesekia anhyɛ no ananmu sɛdeɛ yie a ɔyɛ maa no no teɛ, na mmom n’akoma yɛɛ ahantan, na AWURADE abufuo baa ɔno ne Yuda ne Yerusalem so. Na Hesekia sane brɛɛ ne ho ase n’akoma ahantan no ho, ɔno ne Yerusalemfoɔ nyinaa, enti AWURADE abufuo no amma wɔn so Hesekia berɛ so. Na Hesekia nyaa ne ho ne animuonyam pii, na ɔyɛɛ adekorabea maa dwetɛ ne sika ne abohene ne aduhwam ne akyɛm ne afɛfɛdeɛ nyinaa ne adekora adan maa ayuo ne nsa ne ngo nnɔbaeɛ, ne anantwie ahodoɔ nyinaa ne nnwan nso. Na ɔkyekyeree nkuro na ɔnyaa nnwan ne anantwie akuakuo bebree. Na Onyankopɔn maa no adeɛ bebree pa ara. Saa Hesekia yi ara sii Gihon nsuo atifi nsuniwa no ano, na ɔde nsuo no nam mpumpunaseɛ baa Dawid kuro no atɔeɛ fam. Na Hesekia dii yie ne nneyɛɛ nyinaa mu. Na ne saa nti Babel mmapɔmma akyeame a wɔsomaa wɔn ne nkyɛn sɛ wɔmmɛbisa anwanwadeɛ a ɔyɛɛ no asase no soɔ no baeɛ no, Onyankopɔn gyaa no sɛ ɔresɔ no ahwɛ na wahunu n’akoma mu nyinaa. Na Hesekia ho nsɛm nkaeɛ ne n’adɔeɛyɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no Amos ba Odiyifoɔ Yesaia adehunu mu, Yuda ne Israel Ahemfo Nwoma no mu. Na Hesekia tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Dawid mma asieeɛ deɛ ɛkorɔn, na Yuda ne Yerusalemfoɔ nyinaa dii no ni wɔ ne wuo mu. Na ne ba Manase bɛdii n’adeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Manase dii mfeɛ dummienu na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ aduonum nnum wɔ Yerusalem. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn Israelfoɔ anim no. Na ɔsane totoo sorɔnsorɔmmea a n’agya Hesekia bubuiɛ no, na ɔsisii afɔrebukyia maa Baalim, na ɔyɛɛ Asera nnua, na ɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa na ɔsom wɔn. Na ɔsisii afɔrebukyia AWURADE fie, sɛdeɛ AWURADE aka ho asɛm sɛ: Yerusalem na me din bɛtena akɔsi daa hɔ. Na ɔsisii afɔrebukyia memaa ɔsoro asafo nyinaa, AWURADE fie abannwa mmienu no so. Na ɔde ne mma bɔɔ afɔdeɛ ogya mu Hinom ba bonhwa no mu, na ɔdii abayisɛm, bisaa adeɛ, yii ntafowa, na ɔyɛɛ asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ, na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne bebree pa ara de huruu ne bo. Na ɔde ohoni a ɔseneeɛ no sii Nyankopɔn fie a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Dawid ne ne ba Salomo sɛ: Efie yi ne Yerusalem na mafa afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu, sɛ mede me din bɛsi hɔ akɔsi daa. Na merenkɔ so mentwe Israel nan mfiri asase a mahyɛ ama wɔn agyanom no so: Hwɛ ara nko na wɔnhwɛ nyɛ adeɛ a mahyɛ wɔn no nyinaa, Mose nsa ano mmara ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ nyinaa. Na Manase daadaa Yuda ne Yerusalemfoɔ maa wɔyɛɛ bɔne sene amanaman a AWURADE sɛee wɔn Israelfoɔ anim no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Manase ne ne man no, nanso wɔantie. Ɛnna AWURADE maa Asiriahene asahene baa wɔn soɔ, na wɔde nkɔtɔkorɔ kyeree Manase, na wɔde kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no, na wɔde no kɔɔ Babel. Na ne ho hiaa no no, ɔhwehwɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn, na ɔbrɛɛ ne ho ase pii wɔ n’agyanom Nyankopɔn anim. Na ɔbɔɔ no mpaeɛ no, AWURADE tiee ne nkotosrɛ, na ɔde no sane baa Yerusalem n’ahennie mu. Ɛnna Manase hunuu sɛ AWURADE ne Onyankopɔn. Na yei akyiri no, ɔtoo Dawid kuro akyi fasuo, Gihon atɔeɛ, subonhwa no mu de kɔsii Mpataa Pono ano, na ɔde twaa Ofel ho hyiae, na ɔmaa no korɔn yie. Na ɔde dɔm asafohene duaduaa Yuda nkuro a ɛyɛ den nyinaa mu. Na ɔyii ananafoɔ anyame ne ahoni no firii AWURADE fie ne afɔrebukyia a ɔsisii no AWURADE fie bepɔ soɔ ne Yerusalem no nyinaa, na ɔkɔtoto guu kuro no akyi. Na ɔsii AWURADE afɔrebukyia no bio, na ɔbobɔɔ so asomdwoeɛ afɔdeɛ ne aseda afɔdeɛ, na ɔhyɛɛ Yuda sɛ wɔnsom AWURADE Israel Nyankopɔn no. Nanso ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea no so, nso na AWURADE wɔn Nyankopɔn nko na wɔbɔ ma no. Na Manase ho nsɛm nkaeɛ ne ne mpaeɛ a ɔbɔɔ ne Nyankopɔn ne adehunufoɔ a wɔde AWURADE Israel Nyankopɔn din kasa kyerɛɛ no no nsɛm no, hwɛ, ɛwɔ Israel Ahemfo ho Nsɛm no mu. Na ne mpaebɔ ne sɛ wɔtiee no no, ne ne bɔne ne mmarato nyinaa, ne faako a ɔtotoo sorɔnsorɔmmea, na ɔsisii Asera nnua ne ahoni ansa na ɔrebrɛ ne ho aseɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no adehunufoɔ nsɛm mu. Na Manase tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no ne fie, na ne ba Amon bɛdii n’adeɛ. Amon dii mfeɛ aduonu mmienu na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ mmienu wɔ Yerusalem. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛdeɛ n’agya Manase yɛeɛ no, na ahoni a n’agya Manase yɛeɛ no nyinaa, Amon bobɔɔ afɔdeɛ maa wɔn na ɔsomm wɔn. Na wammrɛ ne ho ase AWURADE anim sɛdeɛ n’agya Manase brɛɛ ne ho aseɛ no, na ɔno Amon maa mfomsoɔ dɔɔso. Na ne nkoa pamm ne tiri so kumm no ne fie. Na asase no sofoɔ no kunkumm Ɔhene Amon atirisopamfoɔ no nyinaa, na asase, no sofoɔ no de ne ba Yosia sii hene n’ananmu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yosia dii mfeɛ nwɔtwe na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfirinhyia aduasa baako wɔ Yerusalem. Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, na ɔnantee n’agya Dawid akwan so, na wammane ankɔ nifa anaa benkum. Na n’ahennie afe a ɛtɔ so nwɔtwe so, a ɔda so yɛ abɔfra no, ɔfirii aseɛ hwehwɛɛ n’agya Dawid Nyankopɔn, na afe a ɛtɔ so dummienu soɔ no, ɔfirii aseɛ tee Yuda ne Yerusalem ho firii sorɔnsorɔmmea ne Asera nnua ne ɔsene ahoni ne eguo ahoni no ho. Na wɔdwirii Baalim afɔrebukyia no n’anim, na owia adum a ɛsisi soɔ no, ɔtwitwa gui, na Asera nnua ne ɔsene ahoni ne eguo ahoni no, ɔbubui, na ɔsisirii, na ɔto petee wɔn a wɔbɔɔ afɔdeɛ maa wɔn no adamena so. Na asɔfoɔ no nnompe nso, ɔhyee no wɔn afɔrebukyia no so, na ɔtee Yuda ne Yerusalem ho. Na ɔyɛɛ saa ara, Manase ne Efraim ne Simeon nkuro ne ɛho amamfo so de kɔsii Naftali. Na ɔdwirii afɔrebukyia no, na Asera nnua ne ahoni no, ɔbubu sisirii, na owia adum no nyinaa ɔtwitwa gui, Israel asase nyinaa so. Na ɔsane baa Yerusalem. Na n’ahennie afe a ɛtɔ so dunwɔtwe so, a ɔwiee asase no ne efie no ho teɛ no, ɔsomaa Asalia ba Safan ne kuro no so safohene Maaseia ne Ɔkaefoɔ Yoahas ba Yoah sɛ wɔnkɔ nkɔmiamia AWURADE ne Nyankopɔn fie no mu. Na wɔbaa Ɔsɔfopanin Hilkia nkyɛn, na wɔde sika a wɔde aba AWURADE fie a Lewifoɔ apono ano ahwɛfoɔ no aboa ano afiri Manase ne Efraim ne Israel nkaeɛ nyinaa, ne Yuda ne Benyamin nyinaa, ne Yerusalemfoɔ nkyɛn no maa wɔn. Na wɔde hyɛɛ wɔn a wɔyɛ adwuma, a wɔayi wɔn asisi AWURADE fie no soɔ no nsa, na wɔn a wɔyɛ adwuma no, a wɔyɛ AWURADE fie adeɛ no de mae sɛ, wɔmfa nsiesie efie no na wɔmmiamia mu, na wɔde maa nnua adwumfoɔ ne adansifoɔ, sɛ wɔmfa ntotɔ aboɔ a wɔatwa ne nnua mfa nyɛ mpuna ne nsamsoɔ nnua, adan a Yuda ahemfo asɛe no no mu. Na mmarima no yɛɛ adwuma no nokorɛdie mu. Wɔn so ahwɛfoɔ a wɔsisiiɛ no ne: Yohat ne Obadia, Lewifoɔ a wɔfiri Merari mma mu ne Sakaria ne Mesulam a wɔfiri Kohatfoɔ mma mu, sɛ wɔmpiapia adwuma no ne Lewifoɔ no mu wɔn a wɔnim dwontoɔ ho adeyɛ nyinaa; na wɔdii nnesoasoafoɔ no so, na wɔhwɛɛ adwumayɛfoɔ nyinaa so sɛdeɛ ɔsom ahodoɔ no teɛ; nso na Lewifoɔ no mu binom yɛ atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ. Na wɔreyi sika a wɔde aba AWURADE fie no, Ɔsɔfoɔ Hilkia hunuu AWURADE mmara nwoma a ɔnam Mose so de maeɛ no. Na Hilkia bua see Ɔtwerɛfoɔ Safan sɛ: Mmara nwoma no na mahu no AWURADE fie yi. Na Hilkia de nwoma no maa Safan. Na Safan de nwoma no brɛɛ ɔhene, nanso ɔde mmuaeɛ brɛɛ ɔhene sɛ: Adeɛ a wode ahyɛ wo nkoa nsa no nyinaa, wɔreyɛ. Na wɔhwiee sika a wɔhunuu no AWURADE fie no guu hɔ, na wɔde hyɛɛ ahwɛfoɔ no ne wɔn a wɔyɛ adwuma no nsa. Na Ɔtwerɛfoɔ Safan bɔɔ din kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɔsɔfoɔ Hilkia de nwoma bi ama me. Na Safan kenkanee mu wɔ ɔhene anim. Na ɔhene tee mmara no mu nsɛm no no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu. Na ɔhene hyɛɛ Hilkia, ne Safan ba Ahikam, ne Mika ba Abdon, ne Ɔtwerɛfoɔ Safan ne ahenkwaa Asaia sɛ: Monkɔ nkɔbisa AWURADE hɔ adeɛ mma me ne Israel ne Yuda mu nkaeɛ, nwoma a wɔahunu no mu nsɛm no nti, na AWURADE abufuo a wɔahwie agu yɛn soɔ no so, sɛ yɛn agyanom anhwɛ AWURADE asɛm anyɛ no sɛdeɛ wɔatwerɛ no nwoma yi mu nyinaa ho nti. Ɛnna Hilkia ne wɔn a ɔhene somaa wɔn no kɔɔ Odiyifoɔbaa Hulda a ɔyɛ Hasra ba Tikwat ba Salum ntadehwɛfoɔ yere no nkyɛn. (Nso na ɔte Yerusalem kuro no nkyɛmu a ɛtɔ so mmienu no mu.) Na wɔkɔkaa saa kyerɛɛ no. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no seɛ nie: Monkɔka nkyerɛ ɔbarima a ɔsomaa mo baa me nkyɛn no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede adebɔne bɛba ha yi ne ɛhafoɔ so, mede nnome a wɔatwerɛ no nwoma a wɔkenkan no Yuda hene anim no mu nyinaa bɛba, ɛsiane sɛ wɔagya me na wɔakɔhye aduhwam ama anyame foforɔ, sɛ wɔde wɔn nsa ano nneyɛɛ nyinaa rehuru me bo, enti wɔbɛhwie m’abufuhyeɛ agu ha yi, na wɔrennum. Na Yuda hene a ɔsomaa mo sɛ mommɛbisa AWURADE hɔ adeɛ no deɛ, sɛ monka nkyerɛ no nie: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no seɛ nie: Nsɛm a woteeɛ no deɛ, sɛ w’akoma ayɛ bɛtɛbɛtɛ, na woabrɛ wo ho ase Nyankopɔn anim, ɛberɛ a wotee ne nsɛm, ɛha yi ne ɛhafoɔ ho, na woabrɛ wo ho ase m’anim asunsuane wo ntadeɛ mu, asu m’anim nti, me nso mate, AWURADE na ɔseɛ. Hwɛ, wobɛto wo kɔn awu, na wɔasie wo wɔ da mu asomdwoeɛ mu, na adebɔne a mede mereba ha yi ne ɛhafoɔ soɔ no nyinaa deɛ w’ani renhunu. Na wɔde bɛbuaa ɔhene no. Ɛnna ɔhene no soma maa wɔkɔboaboaa Yuda ne Yerusalem mpanimfoɔ nyinaa ano hyiaeɛ. Na ɔhene no foro kɔɔ AWURADE fie, na Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ nyinaa ka ne ho, ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne ɔman no nyinaa, ɛfiri ɔkɛseɛ so de kɔsi akumaa so, na ɔkenkanee apam nwoma a wɔhunuu no AWURADE fie no mu nsɛm nyinaa guu wɔn aso mu. Na ɔhene no kɔgyinaa ne gyinabea, na ɔyɛɛ apam AWURADE anim sɛ ɔbɛdi AWURADE akyi, na wahwɛ ne mmara nsɛm ne n’adansesɛm ne n’ahyɛdeɛ ayɛ afiri n’akoma nyinaa ne ne kra nyinaa mu, na wadi apam nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma no mu no so. Na ɔmaa nnipa a wɔwɔ Yerusalem ne Benyamin gyinaa mu. Na Yerusalemfoɔ no yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn, wɔn agyanom Nyankopɔn no apam no teɛ no. Na Yosia yiyii akyiwadeɛ no nyinaa firii nsase a ɛyɛ Israelfoɔ deɛ no nyinaa so, na ɔde wɔn a wɔwɔ Israel no nyinaa hyɛɛ ɔsom no mu maa wɔsom AWURADE wɔn Nyankopɔn. Ne nna nyinaa mu no, wɔamfiri AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn no, akyiridie ho.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yosia dii Twam Afahyɛ no wɔ Yerusalem maa AWURADE, na wɔkumm Twam dwan no bosome a ɛdi kan no, da a ɛtɔ so dunan no so. Na ɔde asɔfoɔ no kɔsisii wɔn som adwuma so, na ɔhyɛɛ wɔn den maa AWURADE fie som no. Na ɔka kyerɛɛ Lewifoɔ a wɔkyerɛkyerɛ Israel nyinaa nhunumu na wɔyɛ akronkronfoɔ ma AWURADE no sɛ: Momfa adaka kronkron no mmɛsi efie a Israelhene Salomo, Dawid ba, siiɛ no mu. Morensoa no mo mmatiri so bio. Afei monsom AWURADE mo Nyankopɔn ne ne man Israel. Na monsiesie mo ho, sɛ mo mpanimfie so, mo nkyekyɛmu mu, sɛdeɛ Israelhene Dawid ne ne ba Salomo twerɛeɛ no, na monnyina kronkronbea sɛdeɛ mo nuanom, ɔman mma no mpanimfie nkyekyɛmu teɛ, na Lewifoɔ mpanimfie kyɛfa ntena hɔ mma obiara. Na monkum Twam dwan no, na monyɛ mo ho kronkron, na monsiesie mma mo nuanom, na monyɛ sɛdeɛ AWURADE nam Mose so kaeɛ no. Na Yosia yii nnwan nnwanten mma ne mmirekyie mma maa ɔman mma no, sɛ wɔmfa ne nyinaa nyeyɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa Twam afɔdeɛ, wɔn dodoɔ yɛ mpemaduasa ne anantwie nso mpensa. Yei nyinaa firi ɔhene akoradeɛ mu. Na ne mmapɔmma nso yiyi maa ɔman no, asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ayamyi so. Hilkia ne Sakaria ne Yehiel, Nyankopɔn fie mmapɔmma no de Twam nnwan mpennu ahansia ne anantwie ahasa maa asɔfoɔ no. Na Konania nso ne ne nuanom Semaia, Netanel, Hasabia, Yeiel ne Yosabad, Lewifoɔ asafohene no yii Twam nnwan mpemnum ne anantwie ahanum maa Lewifoɔ no. Ɛnna wɔsiesiee ɔsom no, na asɔfoɔ no gyinagyinaa wɔn agyinaeɛ, na Lewifoɔ no nso wowɔ wɔn nkyekyɛmu mu, sɛdeɛ ɔhene hyɛeɛ no. Na wɔkunkumm Twam nnwan no, na asɔfoɔ no de wɔn mogya no bi petee, na Lewifoɔ no dwaa wɔn. Na wɔyii ɔhyeɛ afɔdeɛ no sɛ wɔde rema ɔman mma no mpanimfie nkyekyɛmu no, sɛ wɔmfa nkɔma AWURADE sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose nwoma mu no, ne anantwie no nso saa ara. Na wɔde ogya totoo Twam dwan no sɛdeɛ amammerɛ teɛ. Na akronkronneɛ no deɛ, wɔnoaa no nkukuo ne nnadesɛn ne kyeɛ dadeɛ mu, na wɔde maa ɔman mma no nyinaa ntɛm so. Yei akyiri no, wɔsiesiee wɔn deɛ ne asɔfoɔ no deɛ, ɛfiri sɛ asɔfoɔ, Aaron mma no wɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ ne sradeɛ no hyeɛ ho ara de kɔsii adesaeɛ. Enti Lewifoɔ no siesiee wɔn ara wɔn deɛ ne asɔfoɔ, Aaron mma no deɛ. Na nnwontofoɔ, Asaf mma no nso wɔ wɔn gyinabea, sɛdeɛ Dawid, Asaf, Heman ne Yedutun, ɔhene adehunufoɔ no hyɛeɛ no, na apono ano ahwɛfoɔ no wɔ ɛpono ne ɛpono ho: Na ɛnhia sɛ wɔgya wɔn som, ɛfiri sɛ wɔn nuanom Lewifoɔ siesie maa wɔn. Na wɔsiesiee AWURADE som nyinaa da no, na wɔdii Twam no bobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ AWURADE afɔrebukyia no so, sɛdeɛ Ɔhene Yosia hyɛeɛ no. Na Israelfoɔ a wɔhunuu wɔn hɔ no dii Twam no berɛ no mu, ne apiti nnapɔnna no nnanson. Na ɛfiri Odiyifoɔ Samuel berɛ soɔ no, na wɔnnii Twam bi sɛ yei wɔ Israel, na Israel ahemfo nyinaa nso anni bi a ɛte sɛ Twam a Yosia, asɔfoɔ, Lewifoɔ, Yuda nyinaa ne Israel a wɔwɔ hɔ no ne Yerusalemfoɔ diiɛ no. Yosia ahennie afe a ɛtɔ so dunwɔtwe so na wɔdii Twam yi. Yeinom nyinaa akyiri a Yosia asiesie efie no, Misraimhene Neko foro bae, na ɔbɛdii ako wɔ Karkemis, Eufrate ano. Na Yosia firii adi kɔhyiaa no. Na ɔsomaa abɔfoɔ baa ne nkyɛn sɛ: Ɛdeɛn na me ne wo, Yuda hene, wɔ yɛ? Ɛnyɛ wo so na mebaa nnɛ, na mmom efie a ɛne me di ako no so na Onyankopɔn aka sɛ menyɛ ntɛm. Ɛne Onyankopɔn a ɔka me ho no nnni asie, na wansɛe wo. Nanso Yosia annane n’ani amfiri ne ho, na mmom ɔsakyeraa ne ho sɛ ɔne no rekɔko, na wantie Neko nsɛm a ɛfiri Nyankopɔn anomu no. Na ɔkɔ kɔkoe Megido bonhwa mu. Na agyantofoɔ toto sesaa Ɔhene Yosia, na ɔhene no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Momfa me mfiri ha nkɔ, na mapira sɛ. Na ne nkoa no yii no firii ne teaseɛnam no mu de no kɔɔ ne teaseɛnam a ɛdi hɔ no mu, na wɔde no baa Yerusalem. Na ɔwui, na wɔsiee no n’agyanom asieeɛ. Na Yuda ne Yerusalem nyinaa gyamm Yosia. Na Yeremia twaa Yosia ho kwadwom, na nnwontofoɔ mmarima ne mmaa nyinaa bɔɔ Yosia din wɔn Kwadwom mu de bɛsi nnɛ, na wɔde yɛɛ ahyɛdeɛ Israel mu, na hwɛ, wɔatwerɛ no Kwadwom no mu. Na Yosia ho nsɛm nkaeɛ ne n’adɔeɛyɛ, sɛdeɛ wɔatwerɛ no AWURADE mmara mu ne ne ho nsɛm, akane ne akyire yi deɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma no mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na asase no sofoɔ no faa Yosia ba Yehoahas sii no hene n’agya ananmu Yerusalem. Yehoahas dii mfeɛ aduonu mmiɛnsa na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene abosome mmiɛnsa wɔ Yerusalem. Na Misraimhene no tuu no adeɛ so Yerusalem, na ɔgyee asase no apeatoɔ dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha ne sika dwetikɛseɛ. Na Misraimhene no de ne nua Eliakim sii Yuda ne Yerusalem so hene, na ɔdanee ne din yɛɛ no Yehoiakim; na ne nua Yehoahas deɛ, Neko faa no kɔɔ Misraim. Yehoiakim dii mfeɛ aduonu nnum na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dubaako wɔ Yerusalem. Na ɔyɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn ani so bɔne. Ɔno so na Babelhene Nebukadnessar foro baeɛ, na ɔde kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no, sɛ ɔde no rekɔ Babel. Na AWURADE fie nnoɔma no bi nso Nebukadnessar de kɔɔ Babel kɔsiee n’ahemfie wɔ Babel. Na Yehoiakim ho nsɛm nkaeɛ ne n’akyiwadeɛ a ɔyɛeɛ, ne deɛ wɔhunuu no ne ho no, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma no mu. Na ne ba Yehoiakyin bɛdii n’adeɛ. Yehoiakyin dii mfeɛ nwɔtwe na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene abosome mmiɛnsa ne dadu wɔ Yerusalem. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne. Na afe no duruiɛ no, Ɔhene Nebukadnessar soma maa wɔbɛfaa no ne AWURADE fie afɛfɛdeɛ nso kɔɔ Babel, na ɔde ne nua Sedekia sii Yuda ne Yerusalem so hene. Sedekia dii mfeɛ aduonu baako na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dubaako Yerusalem. Na ɔyɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn ani so bɔne. Wammrɛ ne ho ase Odiyifoɔ Yeremia a na ɔkasa AWURADE ano no anim. Afei nso ɔtee Ɔhene Nebukadnessar a ɔmaa no kaa Nyankopɔn ntam no anim atua. Na ɔsenee ne kɔn na ɔpirim n’akoma sɛ ɔrensane mma AWURADE Israel Nyankopɔn nkyɛn. Nso asɔfoɔ no mu mpanimfoɔ nyinaa ne ɔman no maa wɔn mmarato dɔɔso pii sɛ wiase amanaman akyiwadeɛ nyinaa, na wɔguu AWURADE fie a wayɛ no kronkron Yerusalem no ho fi. Na AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no somaa n’abɔfoɔ baa wɔn nkyɛn, ɔtuaa nhema somaa wɔn, ɛfiri sɛ ne yam hyehyee no maa ne man ne ne tenabea no. Nanso wɔdii Nyankopɔn abɔfoɔ no ho fɛw, na wɔbuu ne nsɛm no animtia, na wɔsereseree n’adiyifoɔ no de kɔsii sɛ AWURADE abufuhyeɛ no sɔre tiaa ne man no a wɔannya ano aduro. Na ɔyii Kaldeafoɔ hene no baa wɔn so, na ɔde nkrantɛ bɛkunkumm wɔn mmeranteɛ, wɔ wɔn kronkronbea fie, na wanni aberanteɛ ne ababaa, akɔkoraa ne deɛ wafu dwono ho adɔna, ɔde wɔn nyinaa hyɛɛ wɔn nsa. Na Nyankopɔn fie nnoɔma no nyinaa, akɛseɛ ne nketewa, ne AWURADE fie akoradeɛ ne ɔhene no ne ne mmapɔmma akoradeɛ, ɔde ne nyinaa kɔɔ Babel. Na wɔhyee Nyankopɔn fie no, na wɔdwirii Yerusalem fasuo no, na emu aban afɛfɛ nyinaa, wɔde ogya hyee, na emu afɛfɛdeɛ nyinaa sɛee. Na nkaeɛ a wɔantotɔ afena ano no, ɔtuu wɔn kɔɔ Babel na wɔkɔyɛɛ ɔno ne ne mma nkoa kɔsii Persia ahennie no kyekyerɛ, sɛ wɔmma AWURADE asɛm a ɔde Yeremia ano kaeɛ no mmra mu, sɛ ɛnkɔsi sɛ asase no ani bɛsɔ ne home mfeɛ no; amamfo nna nyinaa na ɛrehome akɔsi sɛ mfirinhyia aduɔson bɛwie duro. Na Persiahene Kores afe a ɛdi kan mu no, sɛ AWURADE asɛm a ɔde Yeremia ano kaeɛ no bɛba mu nti, AWURADE kanyann Persiahene Kores honhom, na ɔmaa wɔkɔpaee no n’ahennie nyinaa mu, na wɔtwerɛe nso sɛ: Sɛ Persiahene Kores seɛ nie: Asase so ahennie nyinaa na AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn no de ahyɛ me nsa, na ɔno ara de ato me so sɛ mensi efie memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda. Mo mu biara a ɔwɔ ha a ɔbɛtumi no, AWURADE ne Nyankopɔn nni n’akyi, na ɔmforo nkɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ, ne onua Timoteo de kɔma anuanom, ahotefoɔ ne agyidifoɔ wɔ Kristo mu, a wɔwɔ Kolose: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn nka mo. Da biara a yɛbɔ mpaeɛ ma mo no, yɛda Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya ase, ɛfiri sɛ yɛate mo Kristo Yesu mu gyidie ne mo dɔ a mode dɔ ahotefoɔ nyinaa, ɛsiane anidasoɔ a ɛda hɔ ma mo wɔ ɔsoro, ɛno na monam asɛmpa nokwasɛm so dii kan teɛ. Asɛmpa no na aba mo nkyɛn, sɛdeɛ ɛwɔ wiase nyinaa nso, na ɛreso aba na ɛkɔ so nyini, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mo mu nso firi da a moteeɛ na mohunuu Nyankopɔn adom nokorɛ mu no, sɛdeɛ mosuaeɛ nso firii yɛn awurakwaa dɔfo Epafra a ɔyɛ mo Kristo somfo nokwafoɔ a wabɛyi mo honhom mu dɔ akyerɛ yɛn nso nkyɛn no. Yei nti yɛn nso, ɛfiri da a yɛteeɛ no, yɛnnyaee mo tiri so mpaebɔ ne nkotosrɛ, sɛ ne pɛ mu nimdeɛ nhyɛ mo ma, honhom nyansa ne nteaseɛ nyinaa mu, na moanante sɛdeɛ ɛfata Awurade na ɛsɔ n’ani koraa, na moaso adwuma pa nyinaa mu aba, na moanyini akɔ Nyankopɔn ho nimdeɛ mu. Na ama wɔde tumi nyinaa ahyɛ mo den, sɛdeɛ n’animuonyam tumidie teɛ no, akɔ boasetɔ ne abodwokyɛre nyinaa mu wɔ anigyeɛ mu, na yɛada Agya a wama yɛafata ahotefoɔ apɛgyadeɛ no fafafoɔ wɔ hann mu no ase, sɛ wayi yɛn afiri sum tumi ase de yɛn aba ne Dɔba no ahennie mu. Ɔno mu na yɛanya ɔgyeɛ ne bɔne fakyɛ. Ɔno ara na ɔyɛ Onyankopɔn a wɔnhu no no nsɛso ne abɔdeɛ nyinaa farebae, ɛfiri sɛ ne mu na wɔbɔɔ nnoɔma nyinaa, deɛ ɛwɔ soro ne deɛ ɛwɔ asase soɔ, deɛ wɔhunu ne deɛ wɔnhunu, nhennwa oo, wuradie oo, mpaninnie oo, tumidie oo, nnoɔma no nyinaa, wɔnam ne so na ɛbɔeɛ, na wɔbɔ maa no. Na ɔno na ɔyɛ adeɛ nyinaa kannifoɔ, na nnoɔma nyinaa atim wɔ ne mu. Na ɔno ne nipadua a ɛyɛ asafo no tire; ɔno ne mfitiaseɛ, awufosɔreɛ mu farebae, sɛ ɔnyɛ ade nyinaa mu kannifoɔ. Ɛfiri sɛ ɛsɔɔ Nyankopɔn ani sɛ ne mayɛ nyinaa bɛtena ne mu, na ɔnam ne so apata Onyankopɔn ne nnoɔma nyinaa ntam koraa. Ɛne sɛ, ɔnam n’asɛnnua ho mogya so ayɛ asomdwoeɛ nam ɔno ara so apata nnoɔma nyinaa, asase so deɛ oo, ɔsoro deɛ oo, ne Onyankopɔn ntam. Na mo nso a anka moyɛ atuatefoɔ ne atamfoɔ, adwene fam ne nnwuma bɔne mu no, afei ɔnam owuo so apata mo ne no ntam wɔ ne honam nipadua mu, sɛ ɔde mo bɛsi hɔ sɛ nnipa kronkron a wɔnni dɛm a asɛm bi nni wɔn ho wɔ n’anim; nanso gye sɛ mokɔ so ara tena gyidie no mu, gyina mo fapem no so pintinn a momma wɔntwe mo mfiri asɛmpa no anidasoɔ a moteeɛ a wɔaka no wiase abɔdeɛ nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfoɔ no ho. Afei m’ani gye amaneɛ a mehunu mema mo no mu, na mehyɛ Kristo amanehunu, deɛ aka no ananmu, wɔ me honam mu mema ne nipadua a ɛyɛ asafo no a mayɛ ne somfoɔ, sɛdeɛ Nyankopɔn fiehwɛdwuma no teɛ. Yei na wɔde ama me wɔ mo famu, sɛ mehyɛ Nyankopɔn asɛm no ma. Aane, ahuntasɛm no a ɛfiri mmeresanten ne awoɔ ntoatoasoɔ so huntaeɛ no, afei wayi no adi akyerɛ n’ahotefoɔ. Onyankopɔn pɛ sɛ ɔma n’ahotefoɔ hunu ahuntasɛm yi animuonyam ahonya wɔ amanaman mu, a ɛne Kristo a ɔwɔ mo mu, animuonyam anidasoɔ no. Ɔno na yɛbɔ no dawuro, yɛkasa kyerɛ onipa biara, na yɛkyerɛkyerɛ ankorɛnkorɛ biara nyansa nyinaa mu, sɛ yɛde obiara bɛsi hɔ pɛpɛɛpɛ Kristo mu. Ɛno ho nso na meyɛ adwuma mebrɛ, na medi aperepereɛ, sɛdeɛ n’ahoɔden adwuma a ɔyɛ no me mu tumi soɔ no teɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na mepɛ sɛ mohunu aperepereɛ denden a medi no mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea ne wɔn a wɔnhunu m’anim ɔhonam mu nyinaa ho, sɛ wɔnnya deɛ ɛka wɔn akoma to wɔn yam, ɛne sɛ wɔnyɛ baako ɔdɔ mu, nnya nteaseɛ a wɔasi so dua ahonya nyinaa, na wɔahunu Nyankopɔn ahuntasɛm a ɛne Kristo no mu. Ɔno mu na wɔde nyansa ne nimdeɛ agyapadeɛ nyinaa akora. Na meka yei na obi amfa nnaadaasɛm anto mo bradɛ. Na sɛ menni hɔ wɔ honam mu mpo a, me ne mo wɔ hɔ honhom mu, na m’ani gye sɛ mehunu mo kwan a mogyina soɔ ne mo gyidie a ɛkɔ Kristo mu tim a atim no. Enti sɛdeɛ mogyee Awurade Kristo Yesu no, monnante ne mu saa ara, sɛ wɔn a wɔagye nhini, na wɔde wɔn asi ne soɔ, na wɔayɛ den gyidie mu, sɛdeɛ wɔkyerɛkyerɛɛ mo no, na wɔboro so, aseda mu. Monhwɛ yie na obi amfa nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm ne wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ soɔ, na ɛnnam Kristo so, ammɛfa mo nnommum; ɛfiri sɛ Kristo mu na Onyame ankasa mayɛ nyinaa teɛ nipadua mu, na moayɛ ma wɔ ne mu: Ɔno na ɔyɛ mpaninnie ne tumidie nyinaa ti, ɔno mu na wɔatwa mo twetia a wɔamfa nsa antwa, na deɛ ɛwɔ honam nipadua mu a wɔyi gu hɔ no, wɔayi no wɔ Kristo twetiatwa mu. Na wɔasie mo ne no wɔ asubɔ mu, na ne mu na mo ne no nso anyane. Ɛnam gyidie a ɛwɔ Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no tumi adwuma so. Na mo a anka moyɛ awufoɔ, ɛsiane mo mfomsoɔ ne mo honam a twetiatwa nni mu no nti, wama mo ne no anya nkwa bi, sɛ ɔnam adom so de mfomsoɔ nyinaa akyɛ yɛn, na wapepa ahyɛdeɛ no mu atwerɛ a ɛtia yɛn no, na ɔde akɔbɔ asɛnnua ho de ayi afiri kwan mu, na watu mpaninnie ne tumidie agu ayi wɔn adi akyerɛ pefee wɔ badwam de adi wɔn so nkonim wɔ mu. Enti mommma obi mmmu mo atɛn aduane anaa anonneɛ anaa afahyɛ anaa ɔsrane foforɔ anaa home nna fam, na yeinom yɛ nnoɔma a ɛbɛba no ho mfonini bi ara, na deɛ ɛdi mu ara ankasa no ne Kristo. Mommma obi mfa anisoɔ ahobrɛaseɛ ne abɔfosom mmma nkonimboɔ no mmɔ mo, sɛ ɔkura nnoɔma a wahunu pɛn mu, na ɔhoran kwa wɔ ne honam adwene mu, nanso ɔnsɔ tire no a nipadua no nyinaa firi mu nam akwaa ne ntini biara so nya aduane na wɔtoatoa mu nyini wɔ nyini a ɛfiri Nyankopɔn mu no. Enti sɛ mo ne Kristo anya awu afiri wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ ho a, adɛn nti na mode ahyɛdeɛ to mo ho soɔ sɛdeɛ moda so te wiase sɛ: Nsɔ mu, nka nhwɛ, mfa wo nsa nka! Saa nnoɔma yi nyinaa yɛ deɛ ɛkyerɛ nnoɔma hunu wɔ nnipa ahyɛdeɛ ne nkyerɛkyerɛ famu nko. Deɛ nnoɔma yi yɛ ara ne sɛ, ɛkyerɛ nyansa wɔ anisoɔ som ne ahobrɛaseɛ ne atirimuɔden a wɔyɛ no honam so deɛ, na yeinom nyinaa mfa mfasoɔ mma na mmom ne nyinaa yɛ deɛ ɛhyɛ honam akɔnnɔ ma.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Enti sɛ moanya ne Kristo anyane a, monhwehwɛ deɛ ɛwɔ soro, deɛ Kristo teɛ hɔ, wɔ Nyankopɔn nifa. Monnwene deɛ ɛwɔ soro, na ɛnyɛ deɛ ɛwɔ asase soɔ. Na moawu, na wɔde mo nkwa aka Kristo ho ahunta Nyankopɔn mu; na da a Kristo a ɔne yɛn nkwa bɛyi ne ho adie no, ɛno na wɔbɛyi mo nso ne no adie animuonyam mu. Enti monkum mo akwaa a ɛwɔ asase soɔ no, adwamammɔ, efideɛyɛ, akɔnnɔ nhyɛsoɔ, akɔnnɔ bɔne ne anibereɛ a ɛyɛ abosonsom. Yeinom na ɛde Nyankopɔn abufuo ba, [wɔ asoɔdenfoɔ mma so] ɛno na akane a mote mu no, mo nso monantee wɔ mu. Na afei mo deɛ, monyi abufuo, koko bɔne, bɔnepɛ, abususɛm, ne aniwusɛm nyinaa mfiri mo anomu ngu. Monnnidi atorɔ nnkyerɛkyerɛ mo ho, ɛfiri sɛ moayi onipa dada no ne ne nneyɛɛ agu, na moahyɛ onipa foforɔ a wɔayɛ no foforɔ aba nimdeɛ mapa mu a ɛgyina deɛ ɔbɔɔ no no suban soɔ; faako a Helani ne Yudani, twetiatwa ne momonotoyɛ, ɔpɔtɔni, Skiteni, akoa anaa ɔdehyeɛ bi nni hɔ bio, na mmom Kristo ne ade nyinaa wɔ wɔn nyinaa mu no. Enti ɛnam sɛ moyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi mo, ahotefoɔ ne adɔfo yi, monhyɛ timmɔborɔ, ayamyɛ, ahobrɛaseɛ adwene, ɔdwoɔ ne abodwokyɛre. Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, monhunu mmema mo ho, na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛdeɛ Awurade de akyɛ mo no, sɛdeɛ mo nso monyɛ ne no. Na yeinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛka nnoɔma nyinaa bɔ mu ma ɛwie pɛyɛ no nguo. Na momma Kristo asomdwoeɛ nni hene wɔ mo akoma mu, ɛno mu nso na wɔafrɛ mo aba, nipadua baako mu; na monnyɛ bonniayɛfoɔ. Momma Kristo asɛm no ntena mo mu bebree, monkyerɛkyerɛ na monkasa nkyerɛ mo ho, nyansa nyinaa mu, momfa sankuo so nnwom, ne ayeyie, nnwom ne honhom mu nnwom nto dwom ɔdɛ so wɔ mo akoma mu mma Onyankopɔn. Na biribiara a moyɛ no, kasa mu oo! nneyɛɛ mu oo! monyɛ ne nyinaa Awurade Yesu din mu mfa ne so nna Agya Nyankopɔn ase. Ɛyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom, sɛdeɛ ɛsɛ wɔ Awurade mu. Okununom, monnɔ mo yerenom, na monnhyɛ wɔn ahometeɛ. Mma, montie mo awofoɔ asɛm nnoɔma nyinaa mu, na yei na ɛsɔ Awurade ani. Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuo, na wɔn abamu ammu. Nkoa, montie mo honam fam wuranom asɛm nnoɔma nyinaa mu, ɛnyɛ anisoɔ som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom akoma kronn mu, sɛ wɔn a wɔsuro Awurade. Na adwuma biara a moyɛ no, momfiri akoma mu nyɛ no sɛ moyɛ ma Awurade na monyɛ mma nnipa, ɛfiri sɛ monim sɛ Awurade nsam na mobɛnya apɛgyadeɛ sɛ akatua, na Awurade Kristo na mosom no. Na deɛ ɔyɛ deɛ ɛntene no bɛnya deɛ ɛntene a ɔyɛeɛ no so akatua, na nnipa animhwɛ nni mu.