Audio
stringlengths
109
111
Transcript
stringlengths
131
10.4k
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Montie asɛm yi a AWURADE aka wɔ mo, Israelfoɔ ho; Mo a moyɛ mmusua a meyii mo firii Misraim asase so baeɛ sɛ: Mo nko ara na menim mo, asase so mmusua nyinaa mu, ɛno nso nti na mɛtua mo mo amumuyɛ nyinaa so ka. Baanu bɔ mu nante a wɔanyɛ nokorɔ ansa? Gyata bobom kwaeɛ mu a aboa biara nni n’anim anaa? Gyataburuwa ma ne nne so firi ne tu mu a ɔnkyere biribie? Anomaa tɔ fidiem wɔ ɛfam a kantankoraa bi nni hɔ mma no? Fidie bi hwan firi fam a ɛnyii biribi anaa? Anaasɛ wɔhyɛne totorobɛnto kuro mu a ɔman mmɔ binim? Anaasɛ bɔne bi ba kuro bi mu a ɛnyɛ AWURADE na ɔma no baeɛ? Ampa ara, AWURADE Nyankopɔn renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifoɔ no ansa. Gyata abobom, hwan na ɔrensuro? AWURADE Nyankopɔn akasa, hwan na ɔrenhyɛ nkɔm? Momma no mfa Asiria aban so na wɔnte, ne Misraim asase so aban so, na monka sɛ: Mommoa mo ano wɔ Samaria mmepɔ so, na mommɛhwɛ emu kitikiti bebree ne nhyɛsoɔ a ɛwɔ ne mu no. Ɛfiri sɛ wɔnnim adetenenee yɛ, AWURADE asɛm nie, wɔn a wɔboa atirimuɔden ne dwotwa ano wɔ wɔn aban mu no. Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɔhohiahiafoɔ bɛtwa asase no ho ahyia, na wayi w’ahoɔden afiri wo ho ahwe fam, na wafom w’aban denden no afa. Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwim nnyawa mmienu anaa asokoraa firi gyata anomu no, saa ara na wɔbɛhwim Israelfoɔ a wɔtete Samaria, te sɛ nnaeɛ ntweaso sini anaa mpa so ntoma sini bi. Montie, na monni Yakob fie adanseɛ, AWURADE Nyankopɔn asafo Nyankopɔn, asɛm nie: Sɛ ɛda a mɛba abɛtwe Israel mmarato ho aso no, mɛtwe Betel afɔrebukyia nso aso, na wɔatwitwa afɔrebukyia no mmɛn, na agu fam. Na mɛbobɔ awɔberɛ fie ne ahuhuberɛ fie, na asonse fie nso asɛe na afie bebree nso ase ahye koraa, AWURADE asɛm nie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Montie asɛm yi, Basan anantwibereɛ a mowɔ Samaria bepɔ soɔ, mo a monyema mmɔborɔfoɔ na mohyɛ ahiafoɔ soɔ, na moka kyerɛ mo wuranom sɛ: Fa bra na yɛnnom no. AWURADE Nyankopɔn aka ne kronkronyɛ ho ntam sɛ: Hwɛ, nna bi bɛba mo so a wɔde ntɔnkɔgyei bɛtwe mo akorɔ, ne mo akyirikafoɔ nso, apofofoɔ nnarewa ano. Na ɔfasuo tokuro mu na mobɛfa anantenante mo anim tee afiri adie, na wɔbɛsunsum mo atwene Harmon, AWURADE asɛm nie. Monkɔ Betel nkɔto mmara, monkɔ Gilgal mma mmarato nnɔɔso, na momfa mo kum afɔdeɛ mmra daa anɔpa, ne mo ntotosoɔ du du daa nnansa. Na momfa mmɔreka paanoo nhye aseda afɔdeɛ na mompae ayamyi ayɛyɛdeɛ mma wɔnte. Na saa na mopɛ, mo Israelfoɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Na me nso memaa mo se so daa mpan, mo nkuro nyinaa mu na modii aduanekɔm, mo tenabea nyinaa mu; nanso moansane amma me nkyɛn, AWURADE asɛm nie. Na me nso mekamee mo osutorɔ abosome mmiɛnsa a ɛdi otwa anim no mu, na metɔɔ osuo guu kuro baako so, na mantɔ bi angu kuro baako so. Afuo baako nyaa osuo, na afuo a ebi antɔ angu soɔ no hyee. Na nkuro mmienu anaa mmiɛnsa kyinkyini kɔɔ kuro baako so kɔnom nsuo, nanso wɔammee; nanso moansane amma me nkyɛn, AWURADE asɛm nie. Memaa ɔhoɔ ne ɔpoɔ baa mo so; mo nturo ne mo bobe nturo ne mo borɔdɔma ne mo ngo nnua dodoɔ no, ntutummɛ wee; nanso moansane amma me nkyɛn, AWURADE asɛm nie. Mesomaa ɔyaredɔm a ɛte sɛ Misraim deɛ no baa mo mu, mede afena mekunkumm mo mmeranteɛ na mefaa mo apɔnkɔ nnommum, na memaa mo nsraban mu kankan sɔre hyɛnee mo hwene mu; nanso moansane amma me nkyɛn, AWURADE asɛm nie. Mebutuu mo mu binom sɛdeɛ mebutuu Sodom ne Gomora no, na moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu; nanso moansane amma me nkyɛn, AWURADE asɛm nie. Enti sei na mɛyɛ woɔ, O Israel; ɛsiane sɛ mɛyɛ wo seyie nti, siesie wo ho kɔhyia wo Nyankopɔn. Na hwɛ, deɛ ɔnwonoo mmepɔ na ɔbɔɔ mframa na ɔkyerɛ onipa deɛ ɛwɔ n’adwene mu no, deɛ ɔyɛ adekyehema esum, na ɔtiatia asase sorɔnsorɔmmea soɔ no, AWURADE, asafo Nyankopɔn ne ne din.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Israel fie, montie asɛm yi a merema so mo ho a ɛyɛ kwadwom: Ababaa Israel atɔ, ɔrensɔre bio, wɔahwe no ase n’asase so, deɛ ɔbɛma no soɔ nni hɔ. Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Kuro a wɔde apem firi adie bɛka ɔha, na kuro a wɔde ɔha firi adie bɛka du ama Israel fie. Na sɛ AWURADE ka kyerɛ Israel fie nie: Monhwehwɛ m’akyiri kwan na monnya nkwa. Na monnhwehwɛ Betel akyiri kwan, na monnkɔ Gilgal, na monntwam nnkɔ Beer-seba; ɛfiri sɛ Gilgal bɛgyina akɔ otukorɔ mu, na Betel bɛdane huhuo. Monhwehwɛ AWURADE akyiri kwan na monnya nkwa, na wampue sɛ ogya Yosef fie, na wanhye a obi a ɔbɛdum nni hɔ mma Betel; mo a modane atemmuo bɔnwono na mode tenenee hwehwe fam no! Ɔno na ɔyɛɛ nsoromma a ebi ne Akokɔbaatan-ne-ne-mma ne Nwenwenente, na ɔdane esum kabii adekyeeɛ, na ɔma awia duru sum sɛ anadwo, ɔfrɛ ɛpo mu nsuo hwie gu asase ani, AWURADE ne ne din. Ɔma ɔsɛeɛ ba otumfoɔ so sɛ anyinam, na ɔsɛeɛ nso ba aban a ɛyɛ den so. Wɔtane deɛ ɔtenetene, kuro pono mu, na wɔkyiri deɛ ɔka nsɛm a ɛyɛ nokorɛ. Enti ɛnam sɛ motiatia mmɔborɔni soɔ na mogye ne hɔ ayuo nti, mode aboɔ a wɔatwa atoto aban, nanso morentena mu, moatɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ, nanso morennom mu nsa. Na menim sɛ mo mmarato dɔɔso na mo bɔne mu yɛ den. Mohiahia ɔteneneeni ho na mogyegye mpata, na mokyea ahiafoɔ asɛm kuro pono mu. Saa nti ɔba nimdefoɔ mua n’ano, ɛberɛ no mu, ɛfiri sɛ ɛyɛ berɛ bɔne. Monhwehwɛ papa, na ɛnyɛ bɔne, na moanya nkwa, na AWURADE, asafo Nyankopɔn ne mo atena, sɛdeɛ moka no. Montane bɔne na monnɔ papa, na momma atɛmpa ntim kuro apono mu; ebia AWURADE, asafo Nyankopɔn bɛhunu Yosef nkaeɛ no mmɔbɔ. Enti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn, AWURADE no seɛ nie: Adwotwa wɔ mmɔntene nyinaa so, na wɔka no mmorɔno nyinaa so sɛ: Buee, buee! Na wɔfrɛ okuafoɔ ma no bɛsu, ne wɔn a wɔnim su ma wɔbɛtwa agyaadwo. Na adwotwa wɔ bobe nturo nyinaa mu, ɛfiri sɛ mɛsane mafa wo mu, AWURADE na ɔseɛ. Wɔnnue, wɔn a wɔfe AWURADE da no! AWURADE da yi bɛyɛ mo dɛn? Ɛyɛ esum, na ɛnyɛ hann. Ɛte sɛdeɛ obi dwane firi gyata anim na osisire hyia no, na ɔba efie na ɔde ne nsa twere ɔfasuo na ɔwɔ ka no. AWURADE da no ɛnyɛ sum anaa? Ɛnyɛ hann! Ɛnyɛ kusuu anaa? Ɛnhyerɛn! Metane na mepo mo nnapɔnna, na m’ani nnye mo afahyɛ nhyiamu ho. Na sɛ mobɔ mo hyeɛ afɔdeɛ ma me na mode mo aduane ayɛyɛdeɛ brɛ me a, m’ani rensɔ, na mo nyɛmmoa asomdwoeɛ afɔdeɛ nso, merenhwɛ. Yi wo dwontoɔ gyegyeegyeyɛ firi me so, na wo sankubɔ nso, merentie. Na atemmuo mmuni mmra sɛ nsuo, na tenenee mmra sɛ asuo a ɛsene daa. Israel fie, mode okum afɔdeɛ ne aduane ayɛyɛdeɛ brɛɛ me ɛserɛ so mfirinhyia aduanan? Mmom mosoa mo hene Sikut ne mo ahoni Kiun no, mo nyame a moyɛ faeɛ no nsoromma. Enti mɛtu mo akɔ Damasko akyire nohoa, AWURADE na ɔseɛ, asafo Nyankopɔn ne ne din.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Wɔnnue, wɔn a wɔte Sion dwoodwoo ne wɔn a wɔde wɔn ho to Samaria bepɔ soɔ, wɔn a wɔdɛnso amanaman mu adikanfoɔ mu, wɔn a Israel fie kɔ wɔn nkyɛn no. Monsene nkɔ Kalne nkɔhwɛ, na momfiri hɔ nkɔ Hamat kɛseɛ, na monsiane nkɔ Filistifoɔ Gat. Wɔyɛ sene ahennie yi, anaasɛ wɔn hyeɛ mu trɛ sene mo hyeɛ anaa? Mo a motu dabɔne hyɛ akyirikyirie na mode nhyɛsoɔ adwa twe pini. Wɔdeda asonse mpadua so, na wɔtwe wɔn mu wɔn nnaeɛ so, na wɔdi nnwanten mma a wɔfiri nnwankuo mu ne nantwie mma a wɔfiri ɔyɛn dan mu. Wɔto ahuhudwom de yi sankuo ano, na wɔbɔ wɔn tirim yɛ asankuo sɛ Dawid. Wɔnom nsa nkoraa mu, na wɔde ngohwam sra wɔn ho, na Yosef sɛeɛ deɛ, ɛnyɛ wɔn ya. Enti afei wɔn na wɔbɛdi atukɔfoɔ kan atu akorɔ, na sadwaasefoɔ gyegyeegye no agyae. AWURADE Nyankopɔn aka ne ho ntam, AWURADE, (asafo Nyankopɔn, asɛm nie): Me deɛ, mekyi Yakob ahantan, na metane n’aban denden no, na mɛyi kuro no ne ne mayɛ ama. Na sɛ wɔgya nnipa du efi korɔ mu a, ewuo ara na wɔbɛwuwuo. Na obi busuani, deɛ ɔhyeɛ no bɛma no so sɛ ɔreyi nnompe no afiri fie hɔ, na ɔbɛbisa deɛ ɔwɔ efie mpiakyire mu no sɛ: Obi da so ne wo wɔ hɔ anaa? Na ɔbɛka sɛ: Wɔasa! Na ɔno nso bɛka sɛ: Mua w’ano, na wɔmmɔ AWURADE din so. Na hwɛ, AWURADE ahyɛ, na wɔbɛbɔ efi kɛseɛ no pasapasa ne efi ketewa no nso dukuduku. Apɔnkɔ tutu ɔbotan so mmirika anaasɛ wɔde anantwie funtum hɔ anaa? Sɛ modane atemmuo awuduro na modane tenenee aba bɔnwono? Mo a mo ani gye Lo-debar ho na moka sɛ: Ɛnyɛ yɛn ahoɔden na yɛde agye Karnaim mmɛn afa? Na hwɛ, merema ɔman bi asɔre atia mo, Israel fie, AWURADE, asafo Nyankopɔn asɛm nie, na wɔabɛha mo afiri deɛ wɔfa kɔ Hamat akɔsi mpaperɛ so subonhwa Araba no ano.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sei na AWURADE Nyankopɔn maa mehunuiɛ, na hwɛ, na ɔrenwono ntutummɛ, ɛberɛ a akyire yi wira firi aseɛ fifire, na hwɛ, ɛyɛ ɔhene wiratwa akyiri wira. Na wɔbɛdii asase so ahahan wieeɛ no, mebisaa sɛ: O AWURADE Nyankopɔn, mekoto srɛ wo, fa kyɛ! Yakob bɛgyina sɛn? Ɔsua dodo? AWURADE sakyeraa n’adwene yei ho: Ɛrenyɛ hɔ! AWURADE na ɔseɛ. Sei na AWURADE Nyankopɔn maa mehunuiɛ, na hwɛ, AWURADE Nyankopɔn refrɛ ogya abɛtwe aso, na ɛbɛhyee ebunu bayaa no, na na ɛrehye asase no bi. Na mese: O AWURADE Nyankopɔn, gyae ɛ! Mekoto srɛ wo. Yakob bɛgyina sɛn? Ɔsua dodo? AWURADE sakyeraa n’adwene yei ho. Yei nso renyɛ hɔ! AWURADE Nyankopɔn na ɔseɛ. Sei na ɔmaa mehunuiɛ, na hwɛ, Awurade gyina ɔfasuo kyirebenn so, na kyirebennyɛ homa kura ne nsam. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Amos, ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Kyirebennyɛ homa. Na AWURADE kaa sɛ: Hwɛ, mede kyirebennyɛ homa bɛsi me man Israel mfimfini, merenkɔ so mensiane wɔn mu bio. Na Isak sorɔnsorɔmmea no bɛdanedane amamfo, na Israel kronkrommea no ayɛ agoago, na mede afena bɛsɔre atia Yeroboam fie. Ɛnna Betel sɔfoɔ Amasia soma maa wɔkɔɔ Israelhene Yeroboam nkyɛn sɛ: Amos apam wo tiri so, Israel fie mfimfini, ne nsɛm no nyinaa rensene asase yi so. Na sɛ Amos seɛ nie: Afena ano na Yeroboam bɛwuo, na Israel bɛtu afiri n’asase so akɔ. Na Amasia ka kyerɛɛ Amos sɛ: Ɔdehunufoɔ, kɔ. Bɔ wo ho adwaa kɔ Yuda asase so, na kɔdidi hɔ na hyɛ nkɔm wɔ hɔ. Na nkɔ so nhyɛ nkɔm Betel bio, ɛfiri sɛ ɛyɛ ɔhene kronkronbea, na ɛyɛ ahennie fie nso. Ɛnna Amos bua see Amasia sɛ: Ɛnyɛ odiyifoɔ ne me na ɛnyɛ odiyifoɔ ba ne me; na meyɛ mmoahwɛfoɔ ne ɔdɔma so hwɛfoɔ. Na AWURADE faa me firii nnwan akyiridie, na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ na kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me man Israel. Na afei tie AWURADE asɛm: Wo deɛ, woka sɛ: Nhyɛ nkɔm ntia Israel, na nsosɔ ngu Isak fie so. Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Wo yere bɛdane odwamamfoɔ, kuro no mu, na wo mmabanin ne wo mmammaa bɛtotɔ afena ano, na w’asase no, wɔde homa bɛkyɛ mu, na wo deɛ, wobɛwu asase a ɛso akum so, na Israel bɛtu afiri n’asase so akɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sei na AWURADE Nyankopɔn maa mehunuiɛ, na hwɛ, nnuaba a abereɛ wɔ kɛntɛn mu. Na ɔbisaa sɛ: Amos, ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Nnuaba a abereɛ kɛntɛn. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Awieeɛ no aduru ama me man Israel, merenkɔ so mensiane wɔn mu bio. Na asɔrefie nnwom bɛdane adwotwa ɛda no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, afunu no bɛdɔɔso, na wɔde kommyɛ bɛtoto wɔn agu mmaa nyinaa. Montie yei, mo a moregye ahiafoɔ amene sɛ moresɛe asase so amanehunufoɔ, na mobisa sɛ: Da bɛn na bosome foforɔ bɛtwam na yɛatɔn ayuo, ne homeda, na yɛabue ɛsan ano, na yɛayɛ efa ketewa, na yɛama n’abrammoɔ ayɛ kɛseɛ, na yɛakyea nsania de asisie? Na yɛama dwetɛ de atɔ mmɔborɔni, na yɛde mpaboa atɔ ohiani, na yɛatɔn ayuo ase deɛ ɛguguo no. AWURADE aka Yakob ahokyerɛ ntam sɛ: Me werɛ remfiri wɔn nneyɛɛ nyinaa da biara da! Yei nti asase renwoso na ɛsofoɔ nyinaa renni abooboo anaa? Na asase mu nyinaa bɛpuhu sɛ Asubɔnten Nil, na wɔbɛfono no na atwe sɛ Misraim asuo no. Na ɛda no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, mɛma owia atɔ awiaberɛ, na mɛma sum aduru asase so awia ketee. Na madanedane mo nnapɔnna mu abooboo ne mo nnwom nyinaa kwadwom, na mama ayitoma akyekyere asene nyinaa, na atipa aba etire nyinaa so; na mama no ayɛ sɛ ɔba korɔ ho abooboodie, na n’awieeɛ ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwono. Hwɛ, nna bi reba, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, sɛ mɛma ɛkɔm aba asase no soɔ, ɛnyɛ aduanekɔm anaa sukɔm, na AWURADE asɛm tie deɛ. Na wɔbɛkyini afiri po ano akɔ po ano, na wɔawɔ ntwɛtwɛdɛ afiri atifi fam akɔsi apueeɛ fam, sɛ wɔrehwehwɛ AWURADE asɛm akyiri kwan, na wɔrenhunu. Ɛda no, sukɔm nti mmabaa a wɔn ho yɛ fɛ ne mmeranteɛ bɛtotɔ piti, wɔn a wɔkeka Samaria asodie ntam, na wɔse: Sɛ wo, Dan, wo nyame te aseɛ yi! ne: Sɛ Beer-seba kwan te aseɛ yi! no, wɔn deɛ, wɔbɛtotɔ na wɔrensɔre bio.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mehunuu AWURADE sɛ ɔgyina afɔrebukyia no ho, na ɔkaa sɛ: Bɔ atifi pɔ no ma aponnwa nwoso, na dwiri gu wɔn nyinaa atifi! Na akyirikafoɔ no, mede afena bɛkunkum wɔn; odwanefoɔ rennwane mma wɔn, na mfirimufoɔ remfiri mu mfi mma wɔn. Sɛ wɔfunifuni kɔ Asamando a, me nsa bɛfa wɔn afiri hɔ aba, na sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a, mede wɔn bɛfiri hɔ asiane. Na sɛ wɔde wɔn ho kɔsie Karmel atifi a, mɛtwee wɔn makɔfa wɔn afiri hɔ. Na sɛ wɔfiri m’anim kɔhunta ɛpo ase a, ɛhɔ na mɛhyɛ ɔwɔ na wakeka wɔn; na sɛ wɔkɔ nnommumfa mu, wɔn atamfoɔ anim a, ɛhɔ na mɛhyɛ afena na akunkum wɔn, na mede m’ani bɛhwɛ wɔn mama bɔne na ɛnyɛ papa. Na AWURADE, asafo AWURADE ne deɛ ɔka asase ma no nane na ɛsofoɔ nyinaa di abooboo, na ne mu no nyinaa puhu sɛ Nil, na ɛtwe sɛ Misraim asuo no. Ɔsi ne nsamsoɔ ɔsoro, na ɔto ne kuntunu fapem, asase so, ɔfrɛ po mu nsuo na ɔhwie gu asase ani, AWURADE ne ne din. Monyɛ me sɛ Etiopiafoɔ, mo Israel mma anaa? AWURADE asɛm nie. Ɛnyɛ Israel na meyii no firii Misraim asase soɔ, na Filistifoɔ nso firi Kaftor, na Siriafoɔ nso firi Kir? Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn ani sa bɔne ahennie no, na mɛsɛe no afiri asase ani, nanso sɛeɛ no meremfa mensɛe Yakob fie no koraa, AWURADE asɛm nie. Na hwɛ, mɛhyɛ na masɔne Israel fie so amanaman nyinaa mu, sɛdeɛ wɔsɔne adeɛ soɔ sɔneeɛ mu, nanso ayufua rentɔ fam. Afena ano na me man mu nnebɔneyɛfoɔ nyinaa bɛwuwuo, wɔn a wɔka sɛ: Bɔne no renso yɛn so na ɛrento yɛn no. Ɛda no, mɛma Dawid sese a ahwe aseɛ no agyina hɔ, na mapempam wɔn mpaepaeɛ no, na magyina n’afasusini, na mato no sɛ tete nna no. Na wɔafa Edom nkaeɛ adi, ne amanaman a wɔbɛbɔ me din afrɛ wɔn no nyinaa; AWURADE a ɔyɛ yeinom no asɛm nie. Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ deɛ ɔfɛntɛm bɛka deɛ ɔtwa, na deɛ ɔtiatia bobe aba soɔ bɛka deɛ ɔgu ayuo, na mmepɔ bɛsosɔ nsamono, na nkokoɔ nyinaa ahono. Na mɛdane me man Israel nnommumfa no, na wɔabɛkyekyere nkuro agoago no atena mu, na wɔatɛ bobe nturo na wɔanom mu nsa, na wɔayɛ nturo na wɔadi mu aba. Na mɛdua wɔn wɔn asase so, na wɔrentu wɔn mfiri wɔn asase a mede mama wɔn no so bio, AWURADE wo Nyankopɔn na ɔseɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yesu Kristo, [Nyankopɔn ba] asɛmpa no mfitiaseɛ. Sɛdeɛ wɔatwerɛ no wɔ Odiyifoɔ Yesaia nwoma no mu sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ adi w’anim ɔno na ɔbɛsiesie wo kwan. Obi nne reteam ɛserɛ so sɛ: Monsiesie Awurade kwan! Momma n’atempɔn ntene! Yohane ba bɛbɔɔ asu wɔ ɛserɛ so, na ɔkaa adwensakyera asubɔ a ɛde kɔ bɔne fakyɛ mu. Na Yuda asase sofoɔ nyinaa ne Yerusalemfoɔ firi kɔɔ ne nkyɛn, na wɔkaa wɔn bɔne maa no bɔɔ wɔn nyinaa asu, Asubɔnten Yordan mu. Na Yohane fira yoma nwi ntoma, ɛnna nwoma abɔsoɔ bɔ n’asene, na ɔdi ntutummɛ ne wiram woɔ. Na ɔpaee mu kaa sɛ: Deɛ ne ho yɛ den sene me di m’akyi reba a mensɛ sɛ mekoto mesane ne mpaboa homa. Me deɛ, mede nsuo na ɛbɔ mo asu, na ɔno deɛ, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu. Na ɛbaa sɛ nna no mu no, Yesu firi Nasaret a ɛwɔ Galilea bae, na Yohane bɔɔ no asu wɔ Asubɔntene Yordan mu. Na ɔfirii nsuo no mu no, ntɛm ara na ɔhunuu sɛ ɔsoro abue, na Honhom no resiane sɛ aburuburo aba ne soɔ. Na ɛnne bi firi soro baa sɛ: Wone me dɔba a wosɔ m’ani! Na amonom hɔ ara, Honhom no faa no ntɛm so kɔɔ ɛserɛ so. Na ɔdii ɛserɛ so hɔ adaduanan, na Satan sɔɔ no hwɛe, na ɔne mmoa na ɛwɔ hɔ, na abɔfoɔ bɛsomm no. Na wɔyii Yohane maeɛ akyiri no, Yesu baa Galilea bɛkaa Nyankopɔn ho asɛmpa kyerɛe. Na ɔkaa sɛ: Ɛberɛ no awie du, Nyankopɔn ahennie no abɛn. Monsakyera mo adwene, na monnye asɛmpa no nni. Na ɔnenam Galilea Po ho no, ɔhunuu Simon ne ne nua Andrea sɛ wɔregu asau ɛpo no mu; ɛfiri sɛ na wɔyɛ apofofoɔ. Na Yesu see wɔn sɛ: Mommɛdi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifoɔ. Na ntɛm ara wɔgyaa wɔn asau no hɔ bɛdii n’akyi. Na ɔfiri hɔ kɔɔ n’anim kakra no, ɔhunuu Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane sɛ wɔn nso wɔ kodoɔ mu retetɛ wɔn asau mu. Na ntɛm ara ɔfrɛɛ wɔn, na wɔgyaa wɔn agya Sebedeo ne apaafoɔ no kodoɔ no mu bɛdii n’akyi. Na wɔkɔduruu Kapernaum. Na homeda duruiɛ no, ntɛm ara ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛeɛ. Na ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn ahodwiri, ɛfiri sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛdeɛ ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ Atwerɛfoɔ no! Na ɛberɛ korɔ no ara, na onipa bi wɔ wɔn hyiadan no mu a ɔwɔ honhom fi, na ɔteaa mu sɛ: Ɛdeɛn na yɛne wo Yesu Nasareni wɔ yɛ? Wobaa sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim wo nipa ban, Onyankopɔn Hoteeni no. Na Yesu teateaa no sɛ: Mua w’ano na firi ne mu kɔ! Na honhom fi no maa no senseneeɛ, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu, na ɔfirii ne mu kɔeɛ. Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri maa wɔbisabisaa wɔn ho sɛ: Ɛdeɛn ni? Nkyerɛkyerɛ foforɔ! Ɔde tumi hyɛ ahonhom fi mpo na wɔtie no. Na ɛhɔ ara na ne ho asɛm firi trɛ kɔɔ Galilea nsase a atwa ho ahyia nyinaa so. Na wɔfirii hyiadan no mu no, ntɛm ara na wɔne Yakobo ne Yohane kɔɔ Simon ne Andrea fie. Na Simon asebaa afoɛ da hɔ, na ntɛm ara wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ no. Na Yesu ba bɛsɔɔ ne nsa maa no so, na foɛ no gyaee, na ɔfirii aseɛ somm wɔn. Na ɛduruu anwummerɛ a owia kɔtɔeɛ no, wɔde wɔn a wɔn ho nyɛ wɔn den ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne nyinaa brɛɛ no. Na kuro mu no nyinaa bɛkyeree so ɛpono no ano. Na ɔsaa nnipa bebree a wɔyare nyarewa ahodoɔ pii yadeɛ, na ɔtuu ahonhommɔne pii; na wamma ahonhommɔne no kwan sɛ wɔnkasa, ɛfiri sɛ na wɔnim no. Na ɔsɔree ahemadakye firii adi, na ɔkɔɔ ɛserɛ so baabi kɔbɔɔ mpaeɛ wɔ hɔ. Na Simon ne wɔn a wɔka ne ho no tii no; na wɔhunuu no no, wɔsee no sɛ: Nnipa nyinaa rehwehwɛ wo. Na ɔsee wɔn sɛ: Momma yɛnkɔ nkuro a ɛdeda hɔ no mu, na menkɔka asɛmpa no ɛhɔ nso; na yei nti na mebaeɛ. Na ɔkɔ kɔkaa asɛm no wɔ wɔn hyia adan mu wɔ Galilea nyinaa, na ɔtuu ahonhommɔne. Na ɔkwatani bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no, na ɔkotoo no, see no sɛ: Sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi. Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔtenee ne nsa kaa no, na ɔsee no sɛ: Mepɛ, wo ho mfi. Na ntɛm ara, kwata no firii ne ho, na ne ho firiiɛ. Na Yesu baraa no dendeenden, na ɔmaa no firii adi ntɛm ara. Na ɔsee no sɛ: Hwɛ, nka asɛm biara nkyerɛ obiara, na kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ na w’ahofire nti, kɔma deɛ Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ adanseɛ mma wɔn! Na ɔno deɛ, ɔfirii adie no, ɔfitii aseɛ kekaa no pii, na ɔmaa asɛm no trɛe, ɛno nti Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kuro biara mu bio; na mmom ɔtenaa ɛserɛ so hɔnom baabi, na wɔfiri mmaa nyinaa baa ne nkyɛn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na nna bi akyiri no, ɔkɔɔ Kapernaum bio, na wɔtee sɛ ɔwɔ fie. Na nnipa pii bɛhyiae a enti wɔansene aboboano hɔ mpo; na ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn. Na wɔde obi a ɔyare mmubuo a nnipa baanan so no brɛɛ no. Na ɛsiane nkurɔfokuo no nti, na wɔntumi mmɛn no no, wɔkɔpaa ɛdan a ɔwɔ mu no so; na wɔtuu tokuro de kɛtɛ a obubuani no da soɔ no faa mu gyaagyaa no too mu. Na Yesu hunuu wɔn gyidie no, ɔsee obubuani no sɛ: Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo. Na Atwerɛfoɔ a wɔtete hɔ no mu binom dwendwenee wɔn akoma mu sɛ: Adɛn nti na oyi kasa saa? Ɔka abususɛm. Hwan na ɔbɛtumi de bɔne akyɛ, gye Onyankopɔn nko ara? Na ntɛm ara a Yesu hunuu ne honhom mu sɛ wɔredwendwene wɔn mu saa no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na modwendwene yeinom mo akoma mu? Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ, sɛ wɔbɛse obubuani no sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo, anaasɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na nante? Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mobɛhunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi asase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, ɔsee obubuani no sɛ: Mese wo sɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na kɔ wo fie! Na ɔsɔreeɛ, na ntɛm ara ɔfaa ne kɛtɛ firii wɔn nyinaa anim kɔeɛ; na ɛmaa wɔn nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam kaa sɛ: Yɛnhunuu sei bi da! Na ɔfirii adi bio kɔɔ mpoano; na nkurɔfoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn, na ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn. Na ɔretwam no, ɔhunuu Alfeo ba Lewi sɛ ɔte atogyeeɛ, na Yesu see no sɛ: Di m’akyi. Na ɔsɔre dii n’akyi. Na ɛbaa sɛ ɔte adidiiɛ ne fie no, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ bebree ne Yesu ne n’asuafoɔ bɛtenaa adidiiɛ; na wɔn a wɔdii n’akyi no dɔɔso. Na Atwerɛfoɔ a wɔfiri Farisifoɔ mu no hunuu sɛ ɔne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ redidie no, wɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ: Adɛn nti na ɔne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ redidie yi? Na Yesu teeɛ no, ɔsee wɔn sɛ: Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, ɛnhia wɔn ɔyaresafoɔ na mmom wɔn a wɔyareɛ no. Mammɛfrɛ teneneefoɔ, na mmom mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ. Na Yohane asuafoɔ ne Farisifoɔ redi abuada; na nnipa bi bɛbisaa no sɛ: Adɛn nti na Yohane asuafoɔ ne Farisifoɔ asuafoɔ di abuada, na w’asuafoɔ deɛ, wɔnni abuada? Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Ayeforɔkunu ne wɔn wɔ hɔ yi, ayeforɔhyia ahɔhoɔ no bɛtumi adi abuada anaa? Mmerɛ dodoɔ a ayeforɔkunu no wɔ wɔn nkyɛn no deɛ, wɔrentumi nni abuada. Na nna bi bɛba a wɔbɛfa ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn, ɛno mu na wɔbɛdi abuada. Obi mfa ntoma foforɔ sini ntɛ atadeɛ dada mu, anyɛ saa a, ntɛmu no bɛte afiri mu, foforɔ no bɛfiri dada no mu, na nteteeɛ no ayɛ kɛseɛ. Na obi mfa bobesa foforɔ ngu nwoma nkotokuo dada mu; anyɛ saa a, bobesa foforɔ no bɛpaepae nkotokuo no, na bobesa no ahwiehwie agu, na nkotokuo no nso asɛe. Na wɔde bobesa foforɔ gu nkotokuo foforɔ mu. Na ɛbaa sɛ ɔkɔfaa aburoofuo bi mu homeda bi; na n’asuafoɔ no rekorɔ no, wɔfitii aseɛ pempanee aburoo mmɛtem no bi. Na Farisifoɔ no see no sɛ: Hwɛ, adɛn nti na wɔreyɛ deɛ ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda yi? Na ɔsee wɔn sɛ: Monkenkanee deɛ Dawid yɛeɛ, ɛberɛ a ɛhiaa no, na ɛkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no pɛn? Sɛdeɛ ɔkɔɔ Nyankopɔn fie, Ɔsɔfopanin Abiatar berɛ so, na ɔkɔdii Kyerɛ paanoo a obiara nni ho kwan sɛ ɔdie, gye asɔfoɔ nko ara, na ɔmaa wɔn a wɔne no nam no bi nso no? Na ɔsee wɔn sɛ: Onipa nti na wɔyɛɛ homeda, na ɛnyɛ homeda nti na wɔyɛɛ nnipa. Enti Onipa Ba no yɛ homeda nso wura.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔkɔɔ hyiadan mu bio. Na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa adwodwo, na wɔtɛɛ no sɛ ɔbɛsa no yadeɛ homeda anaa, na wɔakɔtoto n’ano. Na ɔsee onipa a ne nsa adwodwoɔ no sɛ: Sɔre gyina ha. Na ɔsee wɔn sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa anaa bɔne homeda? Sɛ wɔgye obi nkwa anaasɛ wɔkum no? Na wɔyɛɛ komm. Na ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn akomaden nti ɛyɛɛ no ya, na ɔsee onipa no sɛ: Tene wo nsa. Na ɔteneeɛ; na ne nsa no sane yɛɛ yie. Na Farisifoɔ no firii adie no, ntɛm ara wɔne Herodefoɔ kɔtuu ne ho agyina sɛdeɛ wɔbɛsɛe no. Na Yesu ne n’asuafoɔ no twee wɔn ho kɔɔ mpoano; na nnipakuo pii firi Galilea dii n’akyi, na wɔn a wɔfiri Yudea, Yerusalem, Idumea, Yordan agya ne wɔn a wɔwɔ Tiro ne Sidon fam, nnipakuo pii a wɔtee nnoɔma a ɔyɛeɛ no baa ne nkyɛn. Na ɔsee n’asuafoɔ no sɛ, nkurɔfokuo no nti wɔmma kodoɔ ketewa bi ntwɛn no, na wɔankyere ne so. Na ɔsaa nnipa pii yadeɛ nti, wɔn a wɔyareyare nyinaa bɛkyeree ne so sɛ wɔrebɛsosɔ ne mu. Na ahonhom fi nso hu no a, wɔhwehwe ase n’anim, na wɔteam sɛ: Wone Nyankopɔn ba no. Na Yesu baraa wɔn ketee sɛ wɔnnyi no nkyerɛ. Na ɔkɔɔ bepɔ so; na ɔfrɛɛ wɔn a ɔno ara pɛ, na wɔbaa ne nkyɛn. Na ɔyii wɔn mu dummienu sɛ wɔnka ne ho, na ɔnsoma wɔn asɛnka, na wɔanya ahonhommɔne tuo so tumi. Na ɔyii dummienu no, ɔtoo Simon din Petro; Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane, na ɔtoo wɔn din Bo-anerges, aseɛ ne aprannaa mma; ne Andrea, ne Filipo ne Bartolomeo, ne Mateo ne Toma, ne Alfeo ba Yakobo, ne Tadeo, ne Kanani Simon, ne Yuda Iskariot a ɔyii no maeɛ no. Na ɔbaa fie; na nkurɔfokuo bɛhyiaa bio a enti wɔantumi annidi mpo. Na n’abusuafoɔ teeɛ no, wɔfiri baa sɛ wɔrebɛtwe no akɔ, ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: Ne tiri mu ka no. Na Atwerɛfoɔ a wɔfiri Yerusalem baeɛ no kaa sɛ: Ɔwɔ Beelsebul, na ahonhommɔne panin so na ɔnam tutu ahonhommɔne. Na ɔfrɛɛ wɔn baa ne nkyɛn no, ɔkasa kyerɛɛ wɔn mmebuo mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na Satan bɛtumi atu Satan? Na sɛ ahennie bi ne ne ho di asie a, ahennie no ntumi nnyina. Na sɛ efie bi ne ne ho di asie a, efie no ntumi nnyina. Na sɛ Satan sɔre ɔno ara ne so, na ɔne ne ho di asie a, ɔrentumi nnyina, ɛnneɛ na n’awieeɛ ara ne no. Obi ntumi nkɔ ɔhoɔdenfoɔ fie nkɔto nhyɛ no so mfom n’afideɛ mfa, gye sɛ ɔkyekyere ɔhoɔdenfoɔ no kane, ansa na wafom ne fie nnoɔma. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔde nnipa mma bɔne ne abususɛm a wɔbɛka nyinaa bɛkyɛ wɔn; na mmom deɛ ɔbɛka abususɛm atia Honhom Kronkron no deɛ, ɔrennya fakyɛ da, na daa afobuo da ne so. Ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: Ɔwɔ honhom fi. Ɛnna ne na ne ne nuanom ba bɛgyinaa afikyire, soma kɔɔ ne nkyɛn kɔfrɛɛ no. Na nkurɔfokuo tete ne ho. Na wɔsee no sɛ: Hwɛ, wo na ne wo nuanom gyina adihɔ rehwehwɛ wo. Na ɔbuaa wɔn sɛ: Hwannom ne me na ne me nuanom? Na ɔtwaa n’ani hwɛɛ wɔn a wɔtete ne ho hyiaeɛ no, ɔkaa sɛ: Hwɛ, me na ne me nuanom nie! Na obiara a ɔbɛyɛ deɛ Onyankopɔn pɛ no, ɔno ara ne me nuabarima ne me nuabaa ne me na.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ bio wɔ mpoano; na nkurɔfokuo pii hyia baa ne nkyɛn, enti ɔkɔɔ kodoɔ mu kɔtenaa ase ɛpo no ani; na nkurɔfokuo no nyinaa wɔ mpoano asase no so. Na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nnoɔma pii wɔ mmebuo mu, na ɔsee wɔn ne nkyerɛkyerɛ no mu sɛ: Montie: Hwɛ, ogufoɔ bi firii adi kɔguu aba. Na ɛbaa sɛ ɔreguo no, ebi kɔguu kwankyɛn; na ewiem nnomaa ba bɛsosɔeɛ. Na ebi kɔguu aboɔ so, deɛ dɔteɛ pii nnie; na ntɛm ara na ɛfifiriiɛ, ɛfiri sɛ na dɔteɛ no mu nnɔ ntira; na owia firiiɛ no, ɛkusaeɛ, ɛsiane sɛ na ɛnni nhini nti, ɛwuiɛ. Na ebi kɔguu nkasɛɛ mu; na nkasɛɛ no nyiniiɛ, na ɛmiaa no, na anso aba. Na ebi kɔguu asase pa mu; na ɛfifirii kɔɔ so nyinii na ɛtrɛe na ɛsoe, ebi aduasa, ebi aduosia, ebi ɔha. Na ɔkaa sɛ: Deɛ ɔwɔ aso bɛtie no, ma no ntie! Na ɛkaa ɔno nko no, wɔn a wɔwɔ ne ho ne dummienu no bisaa no ɛbɛ no ase. Na ɔsee wɔn sɛ: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu Nyankopɔn ahennie ho ahuntasɛm no; na wɔn a wɔwɔ akyire no deɛ, wɔkyerɛ wɔn ne nyinaa mmebuo mu; na ehunu deɛ wɔahunu, na wɔanhunu mu, na ɛteɛ nso wɔate, na wɔante aseɛ, na da bi wɔansakyera, na wɔamfa wɔn bɔne ankyɛ wɔn. Na ɔsee wɔn sɛ: Monnim bɛ yi? Na ɛbɛyɛ dɛn na mobɛhunu mmɛ no nyinaa? Ogufoɔ no gu asɛm no. Na yeinom ne wɔn a wɔwɔ kwankyɛn no: Faako a wɔgu asɛm no, sɛ wɔnya te a, ntɛm ara Satan ba, na ɔbɛyi asɛm a wɔagu wɔ wɔn mu no. Na yeinom nso ne wɔn a wɔgu wɔn aboɔ so no: Wɔn na wɔnya te asɛm no a, ntɛm ara wɔde anigyeɛ gye, na ɛnnye nhini wɔn mu, na wɔwɔ hɔ berɛ tiaa bi; na akyire yi no, sɛ asɛm no nti ahohia anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato wɔn suntidua. Na yeinom ne wɔn a wɔgu wɔn nkasɛɛ mu no: Wɔne wɔn a wɔte asɛm no, na ɔbra yi mu dadwene ne ahonyadeɛ nnaadaa ne nnoɔma a ɛkeka ho no ho akɔnnɔ ba mu a, ɛmia asɛm no, na ɛnso aba. Na yeinom ne wɔn a wɔguu wɔn asase pa mu no: Wɔn a wɔte asɛm no, na wɔgyeɛ, na wɔso aba, ebi aduasa, na ebi aduosia, na ebi ɔha. Na ɔsee wɔn sɛ: Wɔde kanea ba sɛ wɔde bɛhyɛ koraa anaasɛ mpa ase anaa? Ɛnyɛ sɛ wɔde bɛsi kaneadua soɔ anaa? Na biribiara nni kɔkoam a wɔrenyi no adie, anaasɛ wɔde ahunta a ɛrenna adie. Sɛ obi wɔ aso a ɔde bɛtie a, ma no ntie! Na ɔsee wɔn sɛ: Monhwɛ yie deɛ moteɛ no ho. Susukoraa ko a mode susuo no, wɔde bɛsusu ama mo, na wɔde bi bɛka mo ho. Na deɛ ɔwɔ no, wɔbɛma no bebree; na deɛ ɔnnie no, deɛ ɔwɔ mpo wɔbɛgye afiri ne nsam! Na ɔkaa sɛ: Sɛdeɛ Nyankopɔn ahennie no teɛ nie: Ɛte sɛ onipa bi bɛgu aba wɔ fam, na ɔda, na ɔnyane anadwo ne awia, na aba no fifire, na ɛnyini, na ɔnnim sɛdeɛ ɛyɛeɛ. Na asase no ara so aba, ɛyi ahahan kane, na afei ayɛ bɛtem, na afei ayɛ ayuo a anyini bɛtem no mu. Na sɛ aba no nyini a, ntɛm ara ɔsoma ma wɔde kantankrankyi kɔ, ɛfiri sɛ twaberɛ no adu. Na ɔkaa sɛ: Ɛdeɛn ho na yɛde Nyankopɔn ahennie no bɛtoɔ? Anaasɛ ɛbɛ bɛn na yɛbɛbu no ho? Ɛte sɛ sinapi aba fua a wɔdua no fam a ɛyɛ aba ahodoɔ a ɛwɔ asase so nyinaa mu ketewa, na wɔdua a, ɛnyini na ɛyɛ kɛseɛ sene fan nyinaa, na ɛyiyi mman akɛseɛ, na ewiem nnomaa tumi tena ne nwunu ase. Na mmɛ a ɛtete sɛɛ pii na ɔde kaa asɛm kyerɛɛ wɔn, sɛdeɛ wɔtumi te aseɛ. Na wankwati bɛ ankasa ankyerɛ wɔn; na ɛka wɔn nko ara a, ɔkyerɛ n’asuafoɔ no ne nyinaa ase. Na da no ara, ɛduruu anwummerɛ no, ɔsee wɔn sɛ: Momma yɛntwa nkɔ asuogya nohoa. Na wɔgyaa nkurɔfokuo no kwan no, wɔfaa no kaa wɔn ho kodoɔ no mu sɛdeɛ ɔteɛ no ara; na akodoɔ bi nso ka ne ho. Na ahum kɛseɛ bi tui, na asorɔkyeɛ bubu bɛguu kodoɔ no mu a na ɛreyɛ ayɛ ma. Na ɔno deɛ ɔwɔ kodoɔ no to, ada sumiiɛ so. Ɛnna wɔnyanee no see no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛremem yi, ɛmfa wo ho anaa? Na Yesu sɔre teateaa mframa no, na ɔsee ɛpo no sɛ: Mua w’ano; yɛ komm! Na mframa no gyaee, na ɛyɛɛ dinn koraa. Na ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na moyɛ ahufoɔ sɛɛ? Adɛn na monni gyidie? Na wɔsuroo yie, na wɔsesee wɔn ho sɛ: Onipa bɛn ara ni na mframa ne ɛpo mpo tie no yi?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na wɔduruu ɛpo no agya, Gerasefoɔ asase so. Na ɔfirii kodoɔ mu no, ntɛm ara na onipa bi a ɔwɔ honhom fi firi abodan mu wɔ asieeɛ hyiaa no; ɔno na ɔde aboda no mu ayɛ ne tenaberɛ. Na obiara ntumi mfa nkɔnsɔnkɔnsɔn mpo nkyekyere no bio. Na wɔtaa de no to mpokyerɛ ne nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, nanso ɔtete nkɔnsɔnkɔnsɔn no bubu mpokyerɛ no mu; na obiara ntumi nnwodwo no. Na daa, awia ne anadwo, ɔwɔ aboda mu ne mmepɔ so teateam, na ɔde aboɔ twitwa ne ho. Na ɔhunuu Yesu wɔ akyirikyiri no, ɔtuu mmirika bɛkotoo no, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Ɛdeɛn na me ne wo Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no ba wɔ yɛ? Medɔ Onyankopɔn sɛ: Nha me! Ɛfiri sɛ wase no sɛ: Wo honhom fi, firi onipa no mu. Na Yesu bisaa no sɛ: Wo din de sɛn? Na ɔbuaa sɛ: Me din de Ɛdɔm, ɛfiri sɛ, yɛyɛ bebree. Na ɔsrɛɛ no pii sɛ ɔmmpam wɔn mmfiri asase no so. Nso na mprakokuo pii wɔ bepɔ no so hɔ redidi. Na ahonhommɔne no nyinaa srɛɛ no sɛ: Pam yɛn kɔ mprako no mu, na yɛnkɔhyɛne wɔn mu. Na ɔmaa wɔn kwan. Na ahonhom fi no firii adi kɔhyɛnee mprako no mu, na mprakokuo no nyinaa bɔɔ kirididi sianee ɔbotan kuronkuron no kɔguu ɛpo no mu. Na wɔbɛyɛ sɛ mpennu, na wɔteetee wuwui ɛpo no mu. Na wɔn a wɔhwɛ mprako no dwanee, na wɔkɔkaa no kuro no mu ne nkuraa no ase. Na wɔfirii adi sɛ wɔrekɔhwɛ deɛ aba no. Na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wɔbɛhunuu deɛ honhommɔne a ɔde ɛdɔm no wɔ ne so sɛ ɔte hɔ fira ntoma, na n’adwene mu ateɛ no; wɔsuroe. Na wɔn a wɔhunuiɛ no kaa deɛ ɛyɛɛ deɛ honhommɔne wɔ ne soɔ no, ne mprako no ho asɛm no kyerɛɛ wɔn. Na wɔfirii aseɛ srɛɛ Yesu sɛ ɔmfiri wɔn asase so nkɔ. Na ɔsii kodoɔ no mu no, deɛ anka honhommɔne wɔ ne soɔ no srɛɛ no sɛ ɔbɛtena ne nkyɛn. Nanso wamma no kwan, na ɔsee no sɛ: Kɔ wo fie, w’abusuafoɔ nkyɛn, na kɔka nnoɔma a Awurade ayɛ ama woɔ ne mmɔborɔ a wahu woɔ no kyerɛ wɔn. Na ɔsii mu kɔe, na ɔkɔfitii aseɛ kaa nnoɔma akɛseɛ a Yesu yɛ maa no no wɔ Dekapoli; na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwanwa. Na Yesu tenaa kodoɔ no mu twaa ɛpo no baa asuogya bio no, nkurɔfokuo pii bɛhyiaa ne nkyɛn; na ɔwɔ mpoano. Na hyiadan mu panin baako a wɔfrɛ no Yairo bae, na ɔhunuu no no, ɔhwee ne nan ase; na ɔsrɛɛ no pii sɛ: Me babaa rewu, na bra na fa wo nsa bɛgu ne so, na ne ho nyɛ no den, na ɔnnya nkwa. Na ɔne no sii mu kɔe; na nkurɔfokuo pii dii n’akyi, na wɔkyeree ne so. Na ɔbaa bi a mogya atu no mfirinhyia dummienu, na wahunu amane pii ayaresafoɔ bebree nsam, na wahwere n’ahodeɛ nyinaa, na anyɛ no yie biara, na mmom ɛkɔɔ soɔ no, ɔtee Yesu nka no, ɔbɛfirii n’akyi nkurɔfokuo no mu, de ne nsa bɛkaa n’atadeɛ. Na ɔkaa sɛ: Sɛ mede me nsa meka n’atadeɛ nko ara a, me ho bɛyɛ me den. Na ntɛm ara mogya a ɛretu no no twae, na ɔtee ne honam mu sɛ ne yadeɛ no agyae. Na ntɛm ara Yesu hunuu ne mu sɛ ahoɔden bi afiri ne mu, na ɔdanee ne ho nkurɔfokuo no mu kaa sɛ: Hwan na ɔde ne ho kaa m’atadeɛ? Ɛnna n’asuafoɔ no see no sɛ: Woahunu sɛ nkurɔfokuo no kyere wo so, na wose: Hwan na ɔde ne ho kaa me? Na ɔtwaa n’ani sɛ ɔbɛhunu deɛ ɔyɛɛ adeɛ no. Na ɔbaa no nim deɛ ayɛ wɔ ne mu nti, ɔde suro ne ahopopoɔ ba bɛhwee n’anim, na ɔkaa ne nokorɛ nyinaa kyerɛɛ no. Na ɔsee no sɛ: Ɔbabaa, wo gyidie agye wo; kɔ asomdwoeɛ mu, wo yadeɛ no nnyae, na wo ho nyɛ wo den. Ɔgu so rekasa no, wɔfiri hyiadan mu panin no fie ba bɛkaa sɛ: Wo babaa no awu; adɛn na woda so ha ɔkyerɛkyerɛfoɔ no? Na Yesu tee asɛm a wɔreka no, ɔsee hyiadan mu panin no sɛ: Nsuro, na gye di ara. Na wamma obiara anni n’akyi sɛ Petro, Yakobo ne Yakobo nua Yohane. Na ɔduruu hyiadan mu panin no fie no, ɔbɛhunuu nnipa a wɔreyɛ gyegyeegye ne wɔn a wɔresu, na wɔreyɛ hoo pii. Na ɔhyɛnee hɔ no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn na moreyɛ gyegyeegye na moresu? Abɔfra no nwui, wada. Na wɔseree no. Na Yesu pamm wɔn nyinaa, na ɔfaa abɔfra no agya ne ne na ne wɔn a wɔka ne ho no kɔɔ faako a abɔfra no da hɔ. Na ɔsɔɔ abɔfra no nsa see no sɛ: Talita, Kumm! Aseɛ ne sɛ: Abaayewa, mese wo sɛ: Nyane! Na ntɛm ara abaayewa no sɔree na ɔnantee; (na wadi mfirinhyia dummienu). Na wɔn ho dwirii wɔn kɛse. Na ɔhyɛɛ wɔn dendeenden sɛ wɔmmma obiara nnte; na ɔkaa sɛ wɔmma no biribi nni.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yesu firi hɔ kɔe, na ɔbaa ne kurom; na n’asuafoɔ no dii n’akyi. Na homeda duruiɛ no, ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu; na nnipa pii a wɔteeɛ no ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: Ɛhe na oyi kɔnyaa nnoɔma yi? Nyansa bɛn na wɔde ama no yi, na saa ahoɔdenneɛ a ɔde ne nsa yɛ yi aseɛ ne sɛn? Ɛnyɛ duadwumfoɔ yi a ɔyɛ Maria ba no, Yakobo ne Yose ne Yuda ne Simon nom nua no nie? Na ɛnyɛ ne nuammaa na wɔwɔ yɛn nkyɛn ha yi? Na ɔyɛɛ suntidua maa wɔn. Na Yesu see wɔn sɛ: Anidie mmɔ odiyifoɔ gye ne kurom ne n’abusuafoɔ mu ne ne fie. Na wantumi anyɛ ahoɔdenneɛ biara hɔ, gye ayarefoɔ kakraa bi na ɔde ne nsa guu wɔn so saa wɔn yadeɛ. Na wɔn gye a wɔnnye nnie no yɛɛ no nwanwa. Na ɔkyinkyinii nkuraa no ase hyiae, na ɔkyerɛkyerɛe. Na ɔfrɛɛ dummienu no baa ne nkyɛn na ɔfitii aseɛ somaa wɔn baanu baanu, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi. Na ɔhyɛɛ sɛ wɔmmfa biribiara nntu kwan gye poma nko ara; wɔmmfa aduane anaa kotokuo, anaa sika wɔ wɔn abɔsoɔ mu; na wɔnhyɛ mpaboa, nso wɔnnhyɛ ntadeɛ mmienu mmienu. Na ɔsee wɔn sɛ: Baabiara a mobɛhyɛne efie bi mu no, ɛhɔ na montena nkɔduru sɛ mobɛfiri hɔ akorɔ. Na wɔn a wɔrennye mo, na wɔrentie mo asɛm no, sɛ morefiri hɔ akɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo nni wɔn adanseɛ. Na wɔkɔ kɔkaa asɛm sɛ wɔnsakyera wɔn adwene. Na wɔtutuu ahonhommɔne bebree, na wɔde ngo sraa ayarefoɔ pii saa wɔn yadeɛ. Na Ɔhene Herode tee; ɛfiri sɛ na Yesu din atrɛ, na ɔkaa sɛ: Yohane a na ɔbɔ asu no anyane afiri awufoɔ mu, enti na ahoɔdenneɛ yi di dwuma wɔ ne mu. Na ebinom se: Ɛyɛ Elia; na ebinom nso se: Ɛyɛ odiyifoɔ te sɛ adiyifoɔ no mu baako. Na Herode teeɛ no, ɔkaa sɛ: Yohane a metwaa ne tire no, ɔno na wanyane. Na Herode no ara asoma ma wɔabɛsɔ Yohane mu, akyere no ato afiase, ne nua Filipo yere Herodia nti, ɛfiri sɛ na waware no. Na Yohane aka akyerɛ Herode sɛ: Wonni ho kwan sɛ woware wo nua yere! Na Herodia nyaa no menasepɔ, na ɔpɛɛ sɛ ɔkum no, nanso wantumi. Na Herode suro Yohane, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ɔyɛ onipa tenenee ne kronkron; na ɔbɔɔ ne ho ban, na ɔretie no a, ne ho yera no pii, nanso ɔde anigyeɛ tiee no. Na ɛda a ɛsɛ duruiɛ a Herode redi n’awoda no, ɔtoo pono maa n’atitire ne n’asafohene ne Galilea mpanimfoɔ, na Herodia no ara babaa ba bɛsae, na ɔsɔɔ Herode ne wɔn a wɔne no te adidiiɛ no ani. Ɛnna ɔhene see ababaawa no sɛ: Bisa me biribiara a wopɛ, na mɛma wo. Na ɔkaa no ntam sɛ: Adeɛ biara a wobɛbisa me no, mɛma wo, de kɔsi m’ahennie fa so. Na ɔfirii adi kɔbisaa ne na sɛ: Ɛdeɛn na menkɔbisa? Na ɔkaa sɛ: Yohane a ɔbɔ asuo no ti. Na ntɛm ara ɔde ahoɔherɛ baa ɔhene nkyɛn bɛkaa sɛ: Mepɛ sɛ wode Yohane subɔni no ti to plɛte so ma me seesei ara. Na ɛyɛɛ ɔhene ya pii, nanso ne ntam ne wɔn a wɔne no te adidiiɛ no nti, wampɛ sɛ ɔkame no. Na ntɛm ara ɔhene somaa ɔbrafoɔ, hyɛɛ sɛ wɔmfa ne tiri mmra. Na ɔkɔtwaa ne ti, afiase hɔ, na ɔde ne tiri no too plɛte so baeɛ, na ɔde maa ababaawa no, na ababaawa no de kɔmaa ne na. Na n’asuafoɔ no teeɛ no, wɔba bɛfaa n’amu no, na wɔde kɔtoo ɔboda bi mu. Na asomafoɔ no boaboaa wɔn ano baa Yesu nkyɛn, na wɔbɛkaa deɛ wɔyɛeɛ ne deɛ wɔkyerɛkyerɛeɛ no nyinaa kyerɛɛ no! Na ɔsee wɔn sɛ: Mo nso mommra mmɛsene nkɔ ɛserɛ so fa baabi, na monkɔhome kakra. Na wɔn a wɔreba ne wɔn a wɔrekorɔ dɔɔso, na wɔannya adagyeɛ annidi mpo. Na wɔde kodoɔ sii mu kɔɔ ɛserɛ so fa baabi. Na nkurɔfoɔ hunuu wɔn sɛ wɔrekorɔ, nso na pii nim wɔn; na wɔnam fam firi nkuro no nyinaa mu tutuu mmirika kɔɔ hɔ, na wɔtwaree wɔn ano. Na Yesu sii fam no, ɔhunuu nkurɔfokuo pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, ɛfiri sɛ na wɔte sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ; na ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn nnoɔma pii. Na onwunu reyɛ adwoɔ no, n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Ɛha yɛ ɛserɛ so, na onwunu reyɛ adwo, gya wɔn kwan na wɔnkɔ nkuro ne nkuraase a atwa ahyia yi mu nkɔtɔ paanoo bi nni. Na ɔbua see wɔn sɛ: Mo ara momma wɔn biribi nni. Na wɔsee no sɛ: Yɛnkɔ nkɔtɔ paanoo denare ahanu, na yɛmfa mma wɔnni anaa? Na ɔsee wɔn sɛ: Paanoo ahe na mowɔ? Monkɔ nkɔhwɛ. Na wɔkɔhwɛeɛ no wɔkaa sɛ: Enum ne mpataa mmienu. Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmma wɔn nyinaa ntenatena ase akuakuo ɛserɛ mono no so. Na wɔtenatenaa ase akuakuo, ɔha ɔha, ne aduonum aduonum. Na ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so, na ɔbubuu paanoo no, na ɔde maa n’asuafoɔ no sɛ wɔnkyekyɛ mma wɔn; na ɔkyekyɛɛ mpataa mmienu no nso mu maa wɔn nyinaa. Na wɔn nyinaa didii, na wɔmeeɛ. Na wɔtasee mporoporowa nkɛntɛn dummienu mama ne mpataa no nso bi. Na wɔn a wɔdii paanoo no ano si mmarima mpemnum. Na ntɛm ara na ɔpiapiaa n’asuafoɔ no sɛ wɔnkɔ kodoɔ mu, na wɔnni n’anim nkɔ asuogya nohoa, Betsaida fam, na ɔnnya nkurɔfokuo no kwan ansa. Na ɔmaa wɔkɔeɛ no, ɔkɔɔ bepɔ so mpaebɔ. Na ɛduruu anwummerɛ no na kodoɔ no wɔ ɛpo no mfimfini, na ɔno nko ara wɔ fam. Na ɔhunuu wɔn sɛ wɔrebrɛ ɔhare mu; na mframa rehyia wɔn. Na ɛbɛyɛ anɔpahemahema nnɔnmmiɛnsa ne nnɔnnsia ntam no, ɔnam ɛpo ani baa wɔn nkyɛn; na ɔrepɛ asiane wɔn ho. Na wɔhunuu no sɛ ɔnam ɛpo no ani no, wɔsusuu sɛ ɛyɛ ɔsaman, na wɔteateaa mu, na wɔn nyinaa hunuu no, na wɔn akoma tui. Na ntɛm ara ɔne wɔn kasae, na ɔsee wɔn sɛ: Momma mo bo ntɔ mo yam. Me ara; monnsuro. Na ɔkɔɔ wɔn nkyɛn kodoɔ no mu, na mframa no gyaee. Na wɔn ho dwirii wɔn boroo so. Na wɔante paanoo ho asɛm no ase ɛfiri sɛ na wɔn akoma apirim. Na wɔtwaeɛ no, wɔduruu Genesaret asase so, na wɔsii fam. Na wɔfirii kodoɔ no mu no, ntɛm ara na wɔhunuu no; na wɔde mmirika kɔkyinii asase a atwa ahyia no nyinaa so, na wɔfitii aseɛ soaa wɔn a wɔn ho nyɛ wɔn den kɛtɛ so de wɔn baa baabiara a wɔtee sɛ ɔwɔ. Na baabiara a ɔkɔeɛ, nkuraase, anaa nkuro, anaa nkuraa mu no, wɔde ayarefoɔ bɛguu edwa mu; na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔnka n’atadeɛ ano nnwo nko ara; na dodoɔ a wɔkaa no no, wɔn ho yɛɛ wɔn den!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Farisifoɔ ne Atwerɛfoɔ no mu binom a wɔfiri Yerusalem ba bɛhyiaa ne nkyɛn. Na wɔhunuu n’asuafoɔ bi sɛ wɔde nsa a ɛho nteɛ, ɛne sɛ, nsa a wɔanhohorɔ, redidi. (Na Farisifoɔ ne Yudafoɔ nyinaa, sɛ wɔanhohoro wɔn nsa yie a, wɔnnidi, ɛfiri sɛ wɔkura mpanimfoɔ atetesɛm mu; na sɛ wɔfiri dwa ase ba, na wɔanhohoro wɔn ho a, wɔnnidi; na nnoɔma pii keka ho a wɔgyee sɛ wɔbɛkuta mu, nkuruwa ne mpɔɔdɔ ne kɔbere mfrafraeɛsɛn ne nnamu ho hohorɔ.) Ɛnna Farisifoɔ ne Atwerɛfoɔ no bisaa no sɛ: Adɛn nti na w’asuafoɔ no nni mpanimfoɔ atetesɛm soɔ, na wɔde nsa fi didie yi? Na ɔbua see wɔn sɛ: Ɛdi sɛ Yesaia hyɛɛ mo nyaatwomfoɔ ho nkɔm, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Ɔman yi de wɔn ano na ɛdi me ni, na wɔn akoma deɛ atwe afiri me ho kɔ akyirikyiri. Na wɔsɔre me kwa, na wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ. Na moagya Nyankopɔn ahyɛdeɛ, kura nnipa atetesɛm mu. Na ɔsee wɔn sɛ: Mofa nyansa kwan so po Nyankopɔn ahyɛdeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mobɛdi mo atetesɛm soɔ! Na Mose kaa sɛ: Di w’agya ne wo na ni; ɛne: Deɛ ɔka agya anaa ɛna ho asɛmmɔne no, owuo na ma no nwuo! Na mo deɛ, mose: Sɛ onipa bi se n’agya anaa ne na sɛ: Adeɛ a anka wode bɛnya me ho mfasoɔ no yɛ Korban (Ɛne sɛ, wɔde ma Onyankopɔn) a, na momma no nyɛ biribiara mma n’agya anaa ne na bio, na mode mo atetesɛm a mokyerɛ no sɛe Nyankopɔn asɛm no, na nnoɔma a ɛte sɛ yeinom pii na moyɛ. Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuo no nyinaa baa ne nkyɛn see wɔn sɛ: Mo nyinaa montie, na monte aseɛ! Biribiara nni onipa ho a ɛkɔ ne mu a ɛbɛtumi agu ne ho fi. (Sɛ obi wɔ aso a ɔde bɛtie a, ɔntie!) Na ɔfirii nkurɔfokuo no nkyɛn baa fie no, n’asuafoɔ no bisaa no bɛ no ase. Na ɔsee wɔn sɛ: Mo nso monni nteaseɛ sei? Monhunu sɛ adeɛ biara a ɛfiri onipa ho, na ɛkɔ ne mu no ntumi ngu ne ho fi anaa? Ɛfiri sɛ ɛnkɔ n’akomam, na mmom ɛkɔ ɔyafunu mu, na mmom ɔyi gu yaane mu. (Ɔkaa yei de tee aduane nyinaa ho). Na ɔkaa sɛ: Deɛ ɛfiri onipa mu ba no, ɛno na ɛgu onipa ho fi. Na nnipa mu, wɔn akoma mu, na adwemmɔne firi ba: Adwamansɛm, akorɔnsɛm, awudisɛm, ayerefasɛm, aniberebereɛ, amumuyɛ, nsisie, ahohwie, anibɔne, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm. Nnebɔne yi nyinaa firi onipa mu na ɛba, na ɛgu onipa ho fi. Na ɔsɔre firii hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon fam. Na ɔkɔɔ efie bi mu, na wampɛ sɛ obiara teɛ; nso wantumi anhunta. Na amonom hɔ ara ɔbaa bi a ne babaa kumaa bi wɔ honhom fi tee ne nka no, ɔba bɛhwee ne nan ase; nso na ɔbaa no yɛ Helani, na n’awoɔ mu ɔyɛ Siro-Foinikeni; na ɔsrɛɛ no sɛ ɔntu honhommɔne no mfiri ne babaa no mu. Na Yesu see no sɛ: Ma mma mmee ansa; na ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma aduane to ma nkraman. Na ɔbaa no bua see no sɛ: Awurade, ɛwom saa deɛ; nanso nkraman a wɔwɔ ɛpono ase no nso di mmɔfra no mporoporowa no bi! Na Yesu see no sɛ: Asɛm yi nti, kɔ! Honhommɔne no afiri wo babaa no mu. Na ɔkɔɔ ne fie no, ɔkɔhunuu sɛ honhommɔne no afiri kɔ, na ne babaa no da mpa so. Na ɔfiri Tiro ahyeɛ so nam Sidon baa Galilea po ho faa Dekapoli ahyeɛ so. Na wɔde ɔsotifoɔ a ɔworo dodoɔ brɛɛ no, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nto ne so. Na Yesu faa no firii nkurɔfokuo no mu kɔɔ nkyɛn de ne nsateaa hyehyɛɛ n’asom, na ɔtee ntasuo de kaa ne tɛkyerɛma, na ɔhwɛɛ soro guu ahome, na ɔsee no sɛ: Hefata! ɛne sɛ: Bue! Na n’aso buee, na ne tɛkyerɛma homa no sanee ntɛm ara, na ɔtumi kasaa yie. Na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara; nanso ɔrekɔ so bara wɔn no, na wɔrekɔ so pae mu ka. Na ɛyɛɛ wɔn ahodwiri boroo so, na wɔkaa sɛ: Wayɛ nnoɔma nyinaa yie, ɔma asotifoɔ te asɛm, na ɔma emum kasa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Nna no mu a nkurɔfokuo no dɔɔso bio na wɔnni biribi a wɔdie no, Yesu frɛɛ asuafoɔ no bae, see wɔn sɛ: Nkurɔfokuo yi yɛ me mmɔbɔ, ɛfiri sɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa ni, na wɔnni biribi a wɔdie. Na sɛ megya wɔn kwan ma wɔde kɔm kɔ fie a, wɔbɛtotɔ baha ɔkwan mu; ɛfiri sɛ wɔn mu binom firi akyirikyiri na ɛbaeɛ. Na n’asuafoɔ no buaa no sɛ: Ɛhefa na obi bɛtumi anya paanoo a yeinom bɛdi amee wɔ anwea pradada so ha? Na ɔbisaa wɔn sɛ: Paanoo ahe na mowɔ? Na wɔkaa sɛ: Nson. Na ɔhyɛɛ nkurɔfokuo no sɛ wɔntenatena fam. Na ɔfaa paanoo nson no daa ase bubui, na ɔde maa n’asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ mma wɔn; na wɔkyɛ maa nkurɔfokuo no. Na wɔwɔ mpataa kakra bi; na ɔhyiraa so, kaa sɛ wɔnkyɛ ɛno nso mma wɔn. Na wɔdi mee; na wɔtasee mporoporowa a ɛkaeɛ no, nkɛntɛn nson mama. Na wɔn a wɔdiiɛ no bɛyɛ sɛ mpemnan. Na wɔgyaa wɔn kwan. Na ntɛm ara ɔne n’asuafoɔ no kɔtenaa kodoɔ mu, na ɔbaa Dalmanuta fam. Na Farisifoɔ no baeɛ, na wɔfitii aseɛ bisabisaa no nsɛm, hwehwɛɛ ne nkyɛn nsɛnkyerɛnneɛ a ɛfiri soro de sɔɔ no hwɛe. Na ɔguu ahome ne honhom mu kaa sɛ: Adɛn na nnɛ mma yi hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ yi? Nokorɛ mese mo sɛ, wɔremma nnɛ mma yi nsɛnkyerɛnneɛ biara. Na ɔgyaa wɔn hɔ kɔtenaa kodoɔ mu bio kɔɔ asuogya nohoa. Na wɔn werɛ firii sɛ wɔfa paanoo, na na wɔnni biribi wɔn nkyɛn kodoɔ no mu sɛ paanoo baako pɛ. Na Yesu see wɔn sɛ: Hwɛ, monhwɛ mo ho yie Farisifoɔ mmɔreka ne Herode mmɔreka ho! Na wɔdwendwene sesee wɔn ho sɛ wɔnni paanoo. Na Yesu hunuiɛ no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn na modwendwene paanoo a monnie ho? Monnya nhunui, na montee aseɛ? Mo akoma da so apirim? Mowɔ ani na monhunu adeɛ? Na mowɔ aso nso monte asɛm? Na monkae? Mebubuu paanoo nnum memaa nnipa mpemnum no, mporoporowa nkɛntɛn ma ahe na motaseeɛ? Ɛnna wɔsee no sɛ: Dumienu. Na mebubuu nson no memaa nnipa mpemnan no, mporoporowa nkɛntɛn ma ahe na motaseeɛ? Ɛnna wɔse: Nson. Na ɔsee wɔn sɛ: Ɛnna afei monte aseɛ ara yi? Na wɔduruu Betsaida. Na wɔde onifirani bi brɛɛ no, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no. Na ɔsɔɔ onifirani no nsa de no firii akuraa no ase, na ɔtee ntasuo guu n’ani so, de ne nsa guu ne so bisaa no sɛ: Wohunu adeɛ anaa? Na onifirani no maa n’ani so kaa sɛ: Aane, mehunu nnipa a ɛnenam hɔ, nanso mehu wɔn sɛ nnua. Afei ɔde ne nsa guu n’ani so bio, na ɔhwɛɛ adeɛ haa; na ne ho sanee no, na ɔhunuu biribiara kann. Na ɔmaa no kɔɔ ne fie see no sɛ: Nkɔ akuraa no mpo ase. Na Yesu ne n’asuafoɔ no firii hɔ kɔɔ Kaesarea Filipi nkuraa ase. Na ɔkwan mu no, ɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ: Nnipa ka sɛ mene hwan? Na wɔbuaa no sɛ: Yohane suboni; na ebinom se: Elia; na ebinom nso se: Adiyifoɔ no mu baako. Na ɔbisaa wɔn sɛ: Na mo deɛ, mose mene hwan? Na Petro bua see no sɛ: Wone Kristo no. Na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka ne ho asɛm nnkyerɛ obiara. Na ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛdeɛ ɛsɛ sɛ Onipa Ba no hunu amane pii, na mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛfoɔ no po no, na wɔkum no, na ne nnansa soɔ wasɔre; na ɔkaa asɛm no pefee. Na Petro de no kɔɔ nkyɛn, fitii aseɛ kaa n’anim. Na ɔdanee ne ho hwɛɛ n’asuafoɔ no kaa Petro anim sɛ: Firi me so, Satan, ɛfiri sɛ wonnwene Nyankopɔn deɛ, na mmom nnipa deɛ. Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuo no ne n’asuafoɔ no bae, ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Obi pɛ sɛ ɔdi m’akyiri a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛnnua, na ɔnni m’akyi. Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne kra nkwa no, ɛbɛfiri ne nsa; na deɛ ne kra bɛfiri ne nsa wɔ me ne asɛmpa no nti no, wɔbɛgye no nkwa! Na sɛ onipa nya wiase nyinaa, na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? Anaasɛ ɛdeɛn na onipa bɛma de asesa ne kra? Na obiara a n’ani bɛwu me ne me nsɛm ho, nnɛ mma awaresɛefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ Onipa Ba no aniwu ɛda a ɔne abɔfoɔ kronkron no bɛba wɔ n’agya animuonyam mu no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔsee wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ wɔn a wɔgyina ha yi binom wɔ hɔ a wɔrenka owuo nhwɛ, de bɛkɔ akɔsi sɛ wɔbɛhunu Nyankopɔn ahennie no sɛ ɛde tumi aba. Na ɛno akyiri nnansia no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne Yohane, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔ tentene bi so fa baabi. Na ɔsakyerae wɔ wɔn anim, na n’atadeɛ hyerɛnn fitafita a asase so ntomasifoɔ biara ntumi nhoa no saa. Na Elia ne Mose yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn, a na wɔne Yesu rekasa. Na Petro see Yesu sɛ: Rabi, ɛyɛ sɛ yɛwɔ ha, na ma yɛmmɔ asese mmiɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako na Elia deɛ baako. Na ɔnnim asɛm a ɔnka mpo; ɛfiri sɛ na ɔsuro yie. Na mununkum bi ba bɛkataa wɔn so, na ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba, montie no! Na amonom hɔ ara, wɔtwitwaa wɔn ani no, wɔanhunu obiara sɛ Yesu nko ara ne wɔn. Na wɔresiane bepɔ no, ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka deɛ wɔhunuiɛ no nnkyerɛ obiara, gye sɛ Onipa Ba no asɔre afiri awufoɔ mu ansa. Na wɔmaa asɛm no kaa wɔn tirim, na wɔbisabisaa wɔn ho sɛ awufoɔ mu sɔreɛ no ne deɛn? Na wɔbisaa Yesu sɛ: Adɛn nti na Atwerɛfoɔ no ka sɛ: Ɛsɛ sɛ Elia ba ansa? Na ɔsee wɔn sɛ: Elia ba ansa, na wabɛsiesie nnoɔma nyinaa mmom deɛ, na deɛ wɔatwerɛ no Onipa Ba no ho sɛ ɔbɛhunu amane pii, na wɔabu no animtia no ɛ? Na mese mo sɛ: Elia aba dada, na wɔayɛ no deɛ wɔpɛ nyinaa sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ ne ho no. Na wɔduruu asuafoɔ no nkyɛn no, wɔhunuu nkurɔfokuo pii wɔ wɔn ho ne Atwerɛfoɔ sɛ wɔne wɔn rebisabisa wɔn ho nsɛm. Na ntɛm ara a nkurɔfokuo no nyinaa hunuu no no, wɔn ho dwirii wɔn, na wɔde mmirika ba bɛkyeaa no. Na Yesu bisaa wɔn sɛ: Ɛdeɛn asɛm na mo ne wɔn rebisabisa mo ho yi? Na nkurɔfokuo no mu baako buaa sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, mede me babarima a ɔwɔ mum honhom mebrɛɛ wo, na baabiara a ɛsɔ ne mu no, ɛma no sensene, na n’ano retwa ahuro, na ɔretwɛre ne se, na ɔrefɔn. Na meka mekyerɛɛ w’asuafoɔ sɛ wɔntu no, na wɔantumi. Na ɔbuaa wɔn sɛ: O ɛnnɛ mma a monni gyidie! Mentena mo nkyɛn nkɔduru da bɛn? Mentɔ me bo ase mma mo nkɔduru da bɛn? Momfa no mmrɛ me! Na wɔde no brɛɛ Yesu. Na ɔhunuu Yesu no, ntɛm ara na honhom no maa no senseneeɛ, na ɔhwee ase, na ɔbu faa so, na n’ano twaa ahuro. Na ɔbisaa n’agya sɛ: Nna ahe ni a yei yɛɛ no? Na ɔkaa sɛ: Ɛfiri ne mmɔfraase; na ɛtaa ka no to ogya ne nsuo mu sɛ ɛbɛkum no; na sɛ wobɛtumi ayɛ ho biribi a, hu yɛn mmɔbɔ na boa yɛn! Na Yesu see no sɛ: Sɛ wobɛtumi a! Nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ ama deɛ ɔgye die. Na ntɛm ara abɔfra no agya teaa mu kaa sɛ: Megye medi, na boa me wɔ m’akyinnye gyeɛ ho! Na Yesu hunuu sɛ nkurɔfokuo no de mmirika reba no, ɔteateaa honhom fi no sɛ: Wo mum honhom ne sotifoɔ, mehyɛ wo sɛ, firi ne mu, na nsane nkɔ ne mu bio. Na ɛteaa mu, na ɛtwetwee no pii no, ɛfirii ne mu. Na ɔyɛɛ sɛ owufoɔ maa nnipa pii kaa sɛ: Wawu. Na Yesu sɔɔ ne nsa maa no so, na ɔsɔree. Na Yesu duruu fie no, n’asuafoɔ no bisaa no wɔ nkyɛn sɛ: Adɛn nti na yɛn deɛ yɛantumi antu no? Na ɔsee wɔn sɛ: Saa adeɛ yi deɛ, n’adeban, wɔntumi mfa biribiara ntu no, gye mpaebɔ [ne abuada]. Na ɔfirii hɔnom no, wɔkɔtwaa mu Galilea, na wampɛ sɛ obi teɛ. Na ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafoɔ no, na ɔsee wɔn sɛ: Wɔde Onipa Ba no bɛhyɛ nnipa nsa, na wɔakum no, na wɔkum no a, ne nnansa so ɔbɛsɔre. Na wɔante asɛm no ase, na wɔsuroo sɛ wɔbɛbisa no. Na wɔbaa Kapernaum. Na ɔwɔ fie no, ɔbisaa wɔn sɛ: Ɛdeɛn na modwenwenee ho ɔkwan mu no? Na wɔmuaa wɔn ano; ɛfiri sɛ ɔkwan mu no wɔdwenwenee ho sɛ hwan ne wɔn mu ɔkɛseɛ. Na ɔtenaa ase frɛɛ dummienu no, na ɔsee wɔn sɛ: Sɛ obi pɛ kan adi a, ma no nni wɔn nyinaa akyi, na ɔnyɛ wɔn nyinaa somfoɔ. Na ɔfaa abɔfra bi de no gyinaa wɔn mfimfini, na ɔyɛɛ no atuu see wɔn sɛ: Obiara a ɔbɛgye saa mmɔfra yi mu baako me din mu no, gye me; na obiara a ɔbɛgye me no, ɛnyɛ me na ɔgye me, na deɛ ɔsomaa me no. Na Yohane see no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛahunu obi sɛ ɔde wo din retu ahonhommɔne, na yɛbaraa no, ɛfiri sɛ ɔnni yɛn akyi. Ɛnna Yesu kaa sɛ: Mommmara no; na obiara nni hɔ a ɔde me din bɛyɛ ahoɔdenneɛ na ɔbɛtumi aka me ho asɛmmɔne ɛhɔ ara. Na deɛ ɔnyɛ biribi ntia yɛn no, na ɔwɔ yɛn afa. Na obiara a ɔbɛma mo nsuo kuruwa ma anom wɔ me din mu, sɛ moyɛ Kristo dea nti, nokorɛ mese mo sɛ: N’akatua remmɔ no. Na obiara a ɔbɛto nkumaa yi a wɔgye me die yi mu baako suntidua no, ɛyɛ ma no mmom sɛ wɔde owiyammoɔ kɛseɛ sɛne ne kɔn mu na wɔde no kɔto po mu. Na sɛ wo nsa to wo suntidua a, twa! Ɛyɛ ma wo sɛ wode basasini bɛkɔ nkwa mu, sene sɛ wowɔ nsa mmienu na wode bɛkɔ amanehunu kurom, ogya a ɛrennum da no mu, [deɛ wɔn aboaa nnwuo na ogya no nnum.] Na sɛ wo nan to wo suntidua a, twa! Ɛyɛ ma wo sɛ wode nansini bɛkɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ nan mmienu, na wɔde wo bɛto amanehunu kurom, [deɛ wɔn aboaa nnwuo na ogya no nnum.] Na sɛ w’ani to wo suntidua a, tu! Ɛyɛ ma wo sɛ wode ani korɔ bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu sene sɛ wowɔ ani mmienu, na wɔde wo bɛto amanehunu kurom, deɛ wɔn aboaa nnwuo, na ogya no nnum. Na wɔde ogya bɛhyɛ nnipa nyinaa nkyene. [Na wɔde nkyene bɛto afɔdeɛ nyinaa mu.] Nkyene yɛ; na sɛ nkyene dɛ tu firi mu a, ɛdeɛn na mode bɛhyɛ no nkyene? Monnya nkyene mo ara mo mu, na mone mo ho mo ho ntena asomdwoeɛ mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔsɔre firii hɔ baa Yudea fam ne Yordan agya nohoa; na nkurɔfoɔ akuakuo boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn bio, na sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn bio. Na Farisifoɔ no ba bɛbisaa no sɛ: Ɔbarima wɔ ho kwan sɛ ɔgyaa ne yere anaa? Na wɔde resɔ no ahwɛ. Na ɔbua see wɔn sɛ: Ɛdeɛn na Mose hyɛɛ mo no? Na wɔkaa sɛ: Mose maa kwan sɛ ɔntwerɛ awaregyaeɛ nwoma mma no na ɔnnyae no. Na Yesu bua see wɔn sɛ: Mo akomaden nti na ɔtwerɛɛ saa ahyɛdeɛ yi maa mo; na ɛfiri adebɔ mfitiaseɛ no, ɔbarima ne ɔbaa na Onyankopɔn bɔɔ wɔn. Yei nti na ɔbarima bɛgya n’agya ne ne na hɔ, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere ho, na wɔn baanu akɔyɛ ɔhonam koro. Ne saa nti, wɔnna so nyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ honam koro. Enti deɛ Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntete mu. Na ɔwɔ fie no, n’asuafoɔ no bisaa no asɛm no ara bio. Na ɔsee wɔn sɛ: Obiara a ɔbɛgyaa ne yere na ɔbɛware ɔfoforɔ no, na wasɛe awadeɛ ɔbaa no fam, na sɛ ɔbaa no nso gyaa ne kunu na ɔware ɔfoforɔ a, na wasɛe awadeɛ. Na wɔde mmɔfra brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so, na n’asuafoɔ no kaa wɔn a wɔde wɔn baeɛ no anim. Na Yesu hunuiɛ no, anyɛ no abodwo, na ɔsee wɔn sɛ: Momma mmɔfra no kwan, na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn kwan, na yeinom sɛɛ na Nyankopɔn ahennie no yɛ wɔn dea. Nokorɛ mese mo sɛ: Obiara a ɔrennye Nyankopɔn ahennie sɛ abɔfra no, ɔrenkɔ mu koraa. Na ɔyɛɛ wɔn atuu, de ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn. Na ɔfirii adi kɔɔ ɔkwan soɔ no, obi tutuu mmirika bɛkotoo n’anim bisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ pa, ɛdeɛn na menyɛ, na manya daa nkwa? Na Yesu see no sɛ: Adɛn na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa, gye ɔbaako, ɔno ne Onyankopɔn. Wonim mmara nsɛm no: Nni awu! Nsɛe awadeɛ! Mmɔ korɔno! Nni adansekurumu! Nsisi! Di w’agya ne wo na ni. Na ɔsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yeinom nyinaa mefiri me mmɔfraase na medii soɔ. Na Yesu hwɛɛ no dinn, na ɔdɔɔ no, na ɔsee no sɛ: Aka wo adeɛ baako: Kɔ na kɔtɔn deɛ wowɔ nyinaa, na fa ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ ɔsoro; na bra bɛdi m’akyi. Na asɛm no nti ɔmunae de awerɛhoɔ kɔe; ɛfiri sɛ na ɔwɔ ahonyadeɛ bebree. Ɛnna Yesu hwɛɛ ne ho hyiaeɛ, see n’asuafoɔ no sɛ: Sɛ moahunu den a ɛyɛ ma wɔn a wɔwɔ ahonyadeɛ sɛ wɔbɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu! Na ne nsɛm no yɛɛ asuafoɔ no ahodwiri. Na Yesu bua see wɔn bio sɛ: Mma, sɛ moahunu den a ɛyɛ ma wɔn [a wɔde wɔn ho to ahonyadeɛ soɔ] sɛ wɔbɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu! Ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛfa paneɛ aniwa mu sene sɛ ɔdefoɔ bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu. Na ɛyɛɛ wɔn ahodwiri boroo so; na wɔsesee wɔn ho sɛ: Ɛnneɛ na hwan na wɔbɛtumi agye no nkwa? Na Yesu hwɛɛ wɔn kaa sɛ: Nnipa fam na ɛntumi nyɛ hɔ, na ɛnyɛ Nyankopɔn fam; ɛfiri sɛ Nyankopɔn fam deɛ nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ. Na Petro fitii aseɛ see no sɛ: Hwɛ, yɛagya nnoɔma nyinaa hɔ abɛdi w’akyi. Na Yesu kaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ obiara nni hɔ a wagya efie anaa nua mmarimanom, anaa nua mmaanom, anaa ɛna, anaa agya, anaa mma, anaa nsase, me ne asɛmpa no nti, na ɔrennya afie, ne nuammarimanom, ne nuammaanom, ne ɛnanom, ne mma ne nsase mmɔho ɔha a ɔtaa ka ho, seesei wɔ ɛberɛ yi mu ne daa nkwa, wiase a ɛreba no mu. Na adikanfoɔ pii bɛka akyire, na akyikafoɔ abɛdi kan. Na wɔnam ɔkwan so rekɔ Yerusalem; na Yesu di wɔn anim, na ɛyɛɛ wɔn ahodwiri, na na wɔn a wɔdi n’akyiri no suro. Na ɔfaa dummienu no bio fitii aseɛ kaa nnoɔma a ɛbɛba ne soɔ kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, yɛrekɔ Yerusalem, na wɔbɛyi Onipa Ba no ahyɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ nsa, na wɔabua no kumfɔ, na wɔayi no ama wiase amanaman mufoɔ, na wɔagoro ne ho na wɔatete ntasuo agu ne so, na wɔaka no mpire, na wɔakum no; na ne nnansa soɔ no, wasɔre bio. Na Sebedeo mma Yakobo ne Yohane baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛpɛ sɛ biribiara a yɛbɛsrɛ woɔ no, woyɛ ma yɛn. Na ɔbisaa wɔn sɛ: Ɛdeɛn na mopɛ sɛ meyɛ mema mo? Na wɔsee no sɛ: Deɛ yɛ ma yɛn ne sɛ: Ma yɛn mu baako ntena wo nifa, na ɔbaako ntena wo benkum, w’animuonyam mu. Na Yesu see wɔn sɛ: Monnim deɛ morebisa. Mobɛtumi anom kuruwa a menom ano, anaasɛ mobɛma wɔde asubɔ a wɔde bɔ me no abɔ mo anaa? Na wɔbua see no sɛ: Yɛbɛtumi. Na Yesu see wɔn sɛ: Kuruwa a menom no deɛ mobɛnom, na asubɔ a wɔde bɔ me no, wɔde bɛbɔ mo; na me nifa ne me benkum tena deɛ, ɛnyɛ me dea sɛdeɛ mede bɛma, na wɔde bɛma wɔn a wɔasiesie ama wɔn. Na edu no teeɛ no, Yakobo ne Yohane asɛm no anyɛ wɔn abodwo. Na Yesu frɛɛ wɔn bae, na ɔsee wɔn sɛ: Monim sɛ wɔn a wɔbu wɔn sɛ wɔdi wiase amanaman soɔ no di wɔn so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛseɛ no di wɔn so tumi. Nanso ɛnte saa mo mu; na obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ mo mu kɛseɛ no, ɔbɛyɛ somfoɔ, na obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛdi mo kan no, ɔbɛyɛ mo nyinaa akoa. Na Onipa Ba no nso amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyedeɛ ama nnipa pii. Wɔduruu Yeriko. Na ɔne n’asuafoɔ no ne nkurɔfokuo bebree refiri Yeriko akorɔ no, na Timeo ba Bartimeo, onifirani no, te kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ. Na ɔtee sɛ ɛyɛ Yesu Nasareni no, ɔfitii aseɛ teaa mu sɛ: Dawid ba Yesu, hu me mmɔbɔ! Na nnipa pii kaa n’anim sɛ ɔmmua n’ano; nanso ɔno deɛ, ɔkɔɔ so teateaa mu denden sɛ: Dawid ba, hu me mmɔbɔ! Na Yesu gyina kaa sɛ: Momfrɛ no! Na wɔfrɛɛ onifirani no see no sɛ: Ma wo bo ntɔ wo yam, sɔre, ɔrefrɛ wo! Na ɔtoo ne ntoma gui sɔre baa Yesu nkyɛn. Yesu bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma woɔ? Na onifirani no see no sɛ: Rabuni, mepɛ sɛ mehunu adeɛ! Na Yesu see no sɛ: Kɔ, wo gyidie agye wo! Na ntɛm ara ɔhunuu adeɛ, na ɔdii n’akyi ɔkwan no so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na wɔbɛnn Yerusalem, Betfage ne Betania a ɛwɔ Ngo Bepɔ ho no, ɔsomaa n’asuafoɔ no mu baanu, na ɔsee wɔn sɛ: Monkɔ akuraa a ɛda mo anim no ase. Na moduru hɔ pɛ a, mobɛhunu afunumu ba bi a wɔasa no homa a onipa biara ntenaa ne so da. Monsane no mfa no mmra. Na sɛ obi bisa mo sɛ: Adɛn na moreyɛ yei a, monka sɛ: Ne ho hia Awurade; na ntɛm ara ɔbɛma mode no aba ha. Na wɔkɔ kɔhunuu afunumu ba no sɛ ɔsa ɛpono ano wɔ mfikyire, abɔntene, na wɔsanee no. Na wɔn a wɔgyina hɔ no mu bi see wɔn sɛ: Moresane afunumu ba no ayɛ deɛn? Na asuafoɔ no buaa wɔn sɛdeɛ Yesu kaeɛ no, na wɔmaa wɔn kwan. Na wɔde afunumu ba no brɛɛ Yesu, na wɔde wɔn ntoma guu ne so; na ɔtenaa ne so. Na nnipa bebree de wɔn ntoma sesɛɛ ɔkwan no so, na ebinom twitwaa nnua mman firi mfuo mu de sesɛɛ ɔkwan no so. Na wɔn a wɔdi anim ne wɔn a wɔdi akyire teaa mu sɛ: Hosiana! Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba. Nhyira ne yɛn agya Dawid ahennie a ɛreba no! Hosiana wɔ sorosoro! Na ɔhyɛnee Yerusalem kɔɔ asɔrefie. Na ɔhwɛɛ nnoɔma nyinaa, na adeɛ reyɛ asa no, ɔne dummienu no firi kɔɔ Betania. Na adeɛ kyeeɛ a wɔfiri Betania reba no, ɛkɔm dee no. Na ɔhunuu borɔdɔma bi wɔ akyiri sɛ ahahan wɔ soɔ no, ɔkɔɔ hɔ sɛ ebia ɔbɛhunu biribi wɔ so anaa? Na ɔduruu ho no, wanhunu hwee sɛ ahahan nko ara; ɛfiri sɛ na borɔdɔma berɛ nnuruiɛ. Na ɔkasa kyerɛɛ borɔdɔma no sɛ: Obiara renni wo so aba bio da! Na asuafoɔ no teeɛ. Na wɔduruu Yerusalem. Na ɔkɔhyɛnee asɔrefie no mu no, ɔfitii aseɛ pamm wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ adeɛ asɔrefie hɔ; na ɔbutuu sikasesafoɔ apono ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma nkonnwa, na wamma kwan amma obiara ansoa adeɛ amfa asɔrefie hɔ. Na ɔkyerɛkyerɛe, see wɔn sɛ: Wɔntwerɛɛ sɛ: Wɔbɛfrɛ me fie asɔrefie ama amanaman nyinaa? Na mo deɛ, mode ayɛ adwotwafoɔ bɔn. Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no teeɛ, na wɔhwehwɛɛ sɛdeɛ wɔbɛkum no; nso na wɔsuro no, ɛfiri sɛ na ne nkyerɛkyerɛ yɛ nkurɔfokuo no nyinaa nwanwa. Na adeɛ saeɛ no, ɔfirii kurom hɔ. Na anɔpatutu a wɔretwam no, wɔhunuu sɛ borɔdɔma no awu firi ne nhini ase. Na Petro kaee, see no sɛ: Rabi, hwɛ borɔdɔma a wodomee no no awu! Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monnya Nyankopɔn mu gyidie! Na nokorɛ mese mo sɛ, obiara a ɔbɛse bepɔ yi sɛ: Ma wo ho so kɔhwe ɛpo mu, na ɔnnye akyinnyeɛ wɔ n’akoma mu, na ɔbɛgye adi sɛ deɛ ɔreka no bɛba mu no, ɛbɛyɛ hɔ ama no. Yei nti, mese mo sɛ: Adeɛ biara a mobɛsrɛ mo mpaebɔ mu no, monnye nni sɛ mobɛnya, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo. Na sɛ mogyina hɔ rebɔ mpaeɛ, na mowɔ biribi tia obi a, momfa nkyɛ no, na mo Agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomsoɔ akyɛ mo. [Na sɛ moamfa ankyɛ a, mo agya a ɔwɔ soro no remfa mo mfomsoɔ nkyɛ mo.] Na wɔbaa Yerusalem bio. Na ɔnenam asɔrefie no, asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no baa ne nkyɛn, na wɔbisaa no sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nnoɔma yi? Anaasɛ hwan na ɔmaa wo tumi sɛ yɛ yeinom? Na Yesu see wɔn sɛ: Mɛbisa mo asɛm baako, na mommua me, na mɛkyerɛ mo tumi ko a mede meyɛ yeinom: Yohane asubɔ no, ɛfiri soro anaasɛ ɛfiri nnipa? Mommua me! Na wɔdwendwenee kekaa wɔn mu sɛ: Sɛ yɛka sɛ ɛfiri soro a, ɔbɛka sɛ: Ɛnneɛ ɛdeɛn nti na moannye no annie? Anaasɛ yɛnka sɛ: Ɛfiri nnipa? Na wɔsuro nkurɔfokuo no, ɛfiri sɛ na nnipa nyinaa bu Yohane sɛ ɔyɛ odiyifoɔ ampa. Na wɔbua see Yesu sɛ: Yɛnnim. Na Yesu se: Me nso merenka tumi ko a mede meyɛ yeinom menkyerɛ mo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔfitii aseɛ nam mmebuo so kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Onipa bi yɛɛ bobe turo, na ɔgyee ho ban hyiae, na ɔtuu mu nsa-kyi-amena, na ɔtoo mu abantenten, na ɔde fɛm akuafoɔ bi, na ɔtuu bata. Na ɛberɛ no duruiɛ no, ɔsomaa akoa kɔɔ akuafoɔ no nkyɛn sɛ, ɔnkɔgye bobe turom aduaba no bi akuafo no hɔ. Na wɔfaa no hwee no maa no nam nsapan kɔe. Na bio ɔsomaa akoa foforɔ bi kɔɔ wɔn nkyɛn; na ɔno nso wɔpiraa no wɔ ne tirim, na wɔguu n’anim ase. Na ɔsomaa ɔfoforɔ; na ɔno deɛ, wɔkumm no; ɛne afoforɔ pii nso, na wɔhwee ebinom, na wɔkumm ebinom. Nanso na aka no ɔbaako, ne ba a ɔdɔ no. Na akyire yi, ɔsomaa ɔno nso kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Wɔbɛfɛre me ba. Na akuafoɔ no deɛ, wɔsesee wɔn ho sɛ: Ɔdedifoɔ no nie; mommra mma yɛnkum no, na agyapadeɛ no ayɛ yɛn dea. Na wɔfaa no kumm no, twee no firii bobe turom hɔ too no twenee. Ɛdeɛn na bobe turo no wura no bɛyɛ? Ɔbɛba abɛsɛe akuafoɔ no, na ɔde bobe turo no ama afoforɔ. Nso monkenkanee atwerɛ yi pɛn, sɛ: Ɛboɔ a abantofoɔ apoɔ no, ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no ntweaso tiboɔ; Awurade na ɔmaa yei baeɛ, na ɛyɛ nwanwa yɛn ani so anaa? Na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔkyere no, nanso na wɔsuro nkurɔfokuo no; na wɔhunuu sɛ ɛbɛ a ɔbuiɛ no, ɔne wɔn. Na wɔgyaa no hɔ sii mu kɔe. Na wɔsomaa Farisifoɔ ne Herodefoɔ no mu bi baa ne nkyɛn sɛ wɔmmɛpɛ no asɛm. Na wɔbaeɛ no, wɔsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ na wonhwehwɛ biribi mfiri obi hɔ; na wonhwɛ nnipa anim, na wokyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwan nokorɛ mu: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyi toɔ ma Kaesare, anaasɛ wɔnyi? Yɛntua anaasɛ yɛnntua? Na ɔhunuu wɔn nyaatwom no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na mosɔ me hwɛ? Momfa denare bi mmrɛ me na menhwɛ. Na wɔde bae. Na ɔbisaa wɔn sɛ: Hwan mfonini ne atwerɛ nie? Na wɔsee no sɛ: Kaesare dea. Na Yesu bua see wɔn sɛ: Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma Kaesare, na momfa Nyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn! Na ne ho yɛɛ wɔn nwanwa. Na Sadukifoɔ a wɔka sɛ owusɔreɛ nni hɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, Mose twerɛ maa yɛn sɛ: Sɛ obi nua wu, na ɔgya yerɛ, na wannya mma a, ne nua no nware ne yere no, na ɔnwo mma mma ne nua no. Nso anuanom baason bi tenaa ase, na deɛ ɔdi kan waree yerɛ; na ɔwuiɛ no, wannya mma. Na deɛ ɔtɔ so mmienu no waree no, na ɔwui. Na ɔno nso wannya mma. Na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no nso saa ara. Enti nnipa baason no nyinaa waree no na wɔannya mma. Na wɔn nyinaa akyiri no ɔbaa no nso wui. Na enti owusɔreɛ mu no, sɛ wɔnya sɔre a, wɔn mu hwan na ɔbɛyɛ ne yere? Ɛfiri sɛ nnipa baason no waree no. Na Yesu see wɔn sɛ: Ɛnyɛ nim a monnim atwerɛsɛm ne Nyankopɔn tumi nti na mofom yi anaa? Na wɔnya sɔre firi awufoɔ mu a, wɔnware, nso wɔmma awadeɛ, na wɔte sɛ abɔfoɔ wɔ soro. Na ɛfa awufoɔ nyane ho deɛ, monkenkanee no Mose nwoma mu wɔ wira no ho sɛdeɛ Onyankopɔn see no sɛ: Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no? Ampa ara, ɔnyɛ awufoɔ Nyankopɔn, na mmom ateasefoɔ Nyankopɔn. Na mo deɛ mofom pii. Na Atwerɛfoɔ no mu baako a ɔtee sɛ wɔregye akyinnyeɛ, na ɔhunuu sɛ wabua wɔn yie no ba bɛbisaa no sɛ: Mmara asɛm a ɛdi ne nyinaa kan ne deɛ ɛwɔ he? Na Yesu buaa no sɛ: Deɛ ɛdi mmara nsɛm no nyinaa kan ne: Israel, tie, Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ Awurade koro; na dɔ Awurade wo Nyankopɔn firi w’akoma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu ne w’ahoɔden nyinaa mu. Na deɛ ɛtɔ so mmienu nie: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho. Mmara asɛm biara nni hɔ a ɛkyɛne yeinom! Na ɔtwerɛfoɔ no see no sɛ: Wiɛ, kyerɛkyerɛfoɔ, ampa woaka no yie sɛ Onyankopɔn yɛ baako, na obiara nni hɔ sɛ ɔno nko ara; na sɛ wobɛdɔ no afiri akoma nyinaa ne nteaseɛ nyinaa ne ahoɔden nyinaa mu, na wobɛdɔ wo yɔnko sɛ wo ho, sene ɔhyeɛ afɔdeɛ ne mogya afɔdeɛ nyinaa. Na Yesu hunuu sɛ wabua no nyansam no, ɔsee no sɛ: Wo ne Nyankopɔn ahennie ntam kwan nware. Na obiara antumi ammisa no asɛm biara bio. Na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie no, ɔkaa sɛ: Adɛn na Atwerɛfoɔ no ka sɛ Kristo yɛ Dawid ba? Na Dawid no ara nam Honhom Kronkron mu kaa sɛ: Awurade see me wura sɛ: Tena me nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ntiasoɔ. Dawid no ara frɛ no Awurade; na ɛyɛɛ dɛn na ɔbɛyɛɛ ne ba? Na nkurɔfoɔ pii no ara de anigyeɛ tiee no. Na ɔsee wɔn ne nkyerɛkyerɛ mu sɛ: Monhwɛ yie wɔ Atwerɛfoɔ a wɔpɛ ntadeɛ atentene mu nanteɛ, ne edwa ase nkyea ne mpanimfoɔ nkonnwa hyia adan mu ne mpanimfoɔ tenaberɛ adidie ase ho; wɔn na wɔbɔ akunafoɔ apoo, nanso wɔboapa bɔ mpaeɛ atentene kyerɛ. Yeinom na wɔbɛnya afobuo a ɛboro soɔ. Na Yesu kɔtenaa sika adaka no anim, ɔhwɛɛ sɛdeɛ nkurɔfoɔ no de sika regu adaka no mu; na adefoɔ pii de bebree bɛguu mu. Na ɔbaa kunafoɔ hiani bi nso bae, na ɔde kaprɛba mmienu a ɛbɛyɛ kaprɛ bɛguu mu. Na ɔfrɛɛ n’asuafoɔ no bae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ: Okunafoɔ hiani yi de deɛ ɛdɔɔso abɛgu mu sene wɔn a wɔde bi abɛgu sika adaka no mu nyinaa. Na wɔn nyinaa firi deɛ wɔwɔ, na abu wɔn soɔ no mu, na wɔde bi abɛgu mu; na oyi deɛ, ɔfiri ne hia mu de deɛ ɔwɔ nyinaa, n’adeɛ nyinaa, na ɔde abɛgu mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔrefiri asɔrefie hɔ no, n’asuafoɔ no mu baako see no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, hwɛ aboɔ bi ne aban bi! Na Yesu see no sɛ: Woahunu adan akɛseɛ yi? Wɔrennya ɔboɔ a ɛda ɔboɔ so a wɔrennwiri ngu fam. Na ɔte Ngo Bepɔ no so asɔrefie ntentensoɔ no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea bisaa no wɔ nkyɛn sɛ: Kyerɛ yɛn ɛberɛ ko a yeinom bɛyɛ hɔ, na yeinom nyinaa rebɛba mu a, ɛho nsɛnkyerɛnneɛ ne deɛn? Na Yesu fitii aseɛ see wɔn sɛ: Monhwɛ, na obi annaadaa mo. Nnipa bebree bɛba me din mu abɛka sɛ: Mene no, na wɔabɛdaadaa nnipa pii. Na sɛ mote ɔko ne akosɛm a, mommma mo akoma nntutu. Na ɛtwa sɛ ɛba, nanso na awieeɛ no nnya nnuruiɛ. Na ɔman bɛsɔre ɔman so na ahennie asɔre ahennie so, na asasewosoɔ bɛba mmeammea, na ɛkɔm bɛba. Yeinom ne awoɔko yea mfitiaseɛ. Na mo deɛ, monhwɛ mo ho yie! Na wɔbɛyi mo ama mpanimfoɔ badwa, na wɔahwe mo hyia adan mu, na me nti wɔde mo bɛgyina amradofoɔ ne ahemfo anim na moadi adanseɛ akyerɛ wɔn. Na ɛtwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kane! Na sɛ wɔde mo rekɔ akɔyi mo ama a, monnnwennwene deɛ mobɛka ho ansa; na deɛ wɔde bɛma mo ɛdɔn no ara mu no, ɛno na monka, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ mo na mokasa, na ɛyɛ Honhom Kronkron no ara. Na onua bɛyi onua ama owuo, na agya ayi ɔba ama, na mma asɔre awofoɔ so, na wɔama wɔakum wɔn. Na me din nti, nnipa nyinaa bɛtane mo. Na deɛ ɔbɛgyina mu akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa. Na sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ man no sɛ ɛgyina faako a ɛnsɛ no a, (ma deɛ ɔkenkan no nte aseɛ!) ɛno na ma wɔn a wɔwɔ Yudea nnwane nkɔ mmepɔ soɔ; na deɛ ɔwɔ ɔdan atifi no nnsiane mmma fam, nanso ɔnnhyɛne mu mmmɛfa biribi ne fie. Na deɛ ɔwɔ afuo mu no nnsane n’akyi mmmɛfa ne ntoma. Na wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔma nufoɔ nna no mu no nnue! Na mommɔ mpaeɛ na amma awɔ berɛ mu. Na nna no bɛyɛ ahohiahia a ɛfiri Nyankopɔn adebɔ mfitiaseɛ de bɛduru nnɛ, ebi mmaa saa da, nanso ɛremma saa bio. Na sɛ Awurade antwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; na wɔn a wɔayi wɔn, a wɔyii wɔn no nti, watwa nna no so. Na ɛno na sɛ obi se mo sɛ: Hwɛ, Kristo no wɔ ha! Anaasɛ: Hwɛ, ɔwɔ hɔ! no a, monnnye nnni. Na Kristo atorofoɔ ne adiyifoɔ atorofoɔ bɛsɔre, na wɔabɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, na sɛ ɛbɛtumi a, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo. Na mo deɛ, monhwɛ yie, ɛfiri sɛ, madi kan aka ne nyinaa akyerɛ mo. Na nna no mu ahohiahia no akyiri no, owia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn, na ɔsoro nsoromma bɛtutu ahwe fam, na ɔsoro ahoɔden awoso. Na ɛno na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi kɛseɛ ne animuonyam reba mununkum mu. Ɛno na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ na wɔakɔboaboa wɔn a wayi wɔn no ano afiri mframa nnan no mu, ɛfiri asase ano kɔpem ɔsoro ano. Monsua borɔdɔma ho bɛ no. Sɛ ne mman nya yɛ frɔmfrɔm, na ɛreyiyi ahahan a, na monim sɛ ahuhuro berɛ abɛn. Saa ara na mo nso, sɛ mohunu sɛ yeinom aba a, monhunu sɛ abɛn, na aduru apono ano! Nokorɛ mese mo sɛ: Awoɔ ntoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ yeinom nyinaa aba ansa. Ɔsoro ne asase bɛtwam, na me nsɛm deɛ ɛrentwam da. Na ɛda no ne dɔn no deɛ, obi nnim, abɔfoɔ a wɔwɔ soro nso nnim, Ɔba no nso nnim, gye Agya no nko. Monhwɛ yie, monwɛn, na mommɔ mpaeɛ! Na monnim ɛda ko a ɛberɛ no bɛduro. Ɛte sɛ onipa a watu kwan agya ne fie, na wama ne nkoa tumi, na wama wɔn nyinaa wɔn adwuma mmaako mmaako, na wahyɛ ɔpono ano hwɛfoɔ sɛ ɔnwɛn! Enti monwɛn! Na monnim da ko a efiewura no bɛba, anadwofa anaa ɔdasuo mu anaa akokɔbɔneeɛ anaa anɔpa, na wammɛfiri mo mpofirim ammɛhu mo sɛ moadeda. Na deɛ mese mo yi, meka mekyerɛ nnipa nyinaa sɛ: Monwɛn!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na aka nnanu na Twam ne Apiti afahyɛ aduro no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no hwehwɛɛ sɛdeɛ wɔbɛyɛ akye no nyansa mu, na wɔakum no. Na wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ afahyɛ no mu, na basabasa amma ɔman no mu. Na ɔwɔ Betania, Simon kwatani no fie. Na ɔtenaa ɛpono ho no, ɔbaa bi a ɔkura sradehwam toa, a ngo hwamhwam a ne boɔ yɛ den wɔ mu bae, na ɔbɔɔ toa no hwie guu n’apampam. Na ebinom wɔ hɔ a anyɛ wɔn abodwoɔ wɔ wɔn mu, na wɔkekaa sɛ: Adɛn nti na wɔsɛee ngo hwamhwam yi? Anka wɔbɛtumi atɔn ngo hwamhwam yi agye bɛboro denare ahasa, na wɔde ama ahiafoɔ. Na wɔnwiinwii tiaa no. Na Yesu kaa sɛ: Monnyaa no! Adɛn na moreha no? Wayɛ me ho adwuma pa. Na mowɔ ahiafoɔ mo nkyɛn daa, na da biara a mopɛ no, motumi yɛ wɔn yie; na me deɛ monni me daa. Wayɛ deɛ ɔbɛtumi; wadi kan asra me nipadua ama me sie da. Nokorɛ mese mo sɛ, wiase baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi no, deɛ ɔbaa yi ayɛ yi nso wɔbɛka de ayɛ no nkaeɛ. Na Yuda Iskariot, dummienu no mu baako, sii mu kɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn sɛ ɔbɛyi Yesu ama wɔn. Na wɔteeɛ no, ɛyɛɛ wɔn anigyeɛ, na wɔhyɛɛ no bɔ sɛ wɔbɛma no sika bi, na ɔhwehwɛɛ sɛdeɛ ɔbɛnya kwan ayi no ama, ɛberɛ a ɛsɛ mu. Na Apiti da a ɛdi kan a wɔkum Twam dwan no, n’asuafoɔ no bisaa no sɛ: Ɛhefa na wopɛ sɛ yɛkɔsiesie ma wokɔdi Twam no? Na ɔsomaa n’asuafoɔ no mu baanu, na ɔsee wɔn sɛ: Monkɔ kuro no mu. Na onipa bi a ɔso ahina bɛhyia mo; monni n’akyi, na faako a ɔbɛhyɛne no, monse efiewura no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ no se: Ɛhefa na ahɔhodan a mene m’asuafoɔ bɛdi mu Twam no wɔ? Na ɔno ara bɛkyerɛ mo abansoro asa kɛseɛ bi a wɔahyehyɛ mu, na wɔasiesie mu; ɛhɔ na monsiesie Twam no mma yɛn. Na asuafoɔ no sii mu kɔe, na wɔduruu kuro no mu no, wɔhunuu sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no, na wɔsiesiee Twam no. Na ɛduruu anwummerɛ no, ɔne dummienu no baeɛ. Na wɔte hɔ redidie no, Yesu kaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mo a mone me redidie yi mu baako bɛyi me ama. Na wɔn werɛ hoe, na wɔfitii aseɛ bisabisaa no mmaako mmaako sɛ: Ɛyɛ me? Na ɔsee wɔn sɛ: Ɛyɛ dummienu no mu baako a ɔne me to nsa ayowa mu no a. Onipa ba no rekɔ sɛdeɛ wɔatwerɛ ne ho deɛ, nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no, nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ ma no. Na wɔredidie no, Yesu faa paanoo hyiraa so bubui, na ɔde maa wɔn kaa sɛ: Monnye. Yei ne me honam! Na ɔfaa kuruwa no daa ase de maa wɔn, na wɔn nyinaa nomm bi. Na ɔsee wɔn sɛ: Yei ne me mogya a ɛyɛ apam foforɔ no mogya a nnipa bebree nti wɔrehwie aguo. Nokorɛ mese mo sɛ, merennom bobe aba no bi bio de bɛkɔ akɔsi da a mɛnom no foforɔ Nyankopɔn ahennie no mu. Na wɔtoo dwom no, wɔfirii adi kɔɔ Ngo Bepɔ no so. Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mo nyinaa ɛbɛyɛ mo suntidua; ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ sɛ: Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no abɔ apete. Na me wusɔreɛ akyiri no, mɛdi mo anim makɔ Galilea. Na Petro see no sɛ: Sɛ ɛbɛyɛ wɔn nyinaa suntidua mpo a, me deɛ, ɛrenyɛ me suntidua. Na Yesu see no sɛ: Nokorɛ mese wo sɛ, ɛnnɛ anadwo yi, akokɔ remmɔn mprenu, na woapa me mprɛnsa. Na ɔno deɛ, ɔkasaa anibereɛ so sɛ: Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wuo mpo a, merempa wo da! Na saa ara na wɔn nyinaa nso kaeɛ. Na wɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane, na ɔsee n’asuafoɔ no sɛ: Montena ha, na menkɔbɔ mpaeɛ ansa. Na ɔfaa Petro ne Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na ne ho firii aseɛ hiahiaa no, na ne ho yeraa no. Na ɔsee wɔn sɛ: Awerɛhoɔ ahyɛ me kra so de kɔ owuo mu; montena ha, na monwɛn! Na ɔkɔɔ n’anim kakra kɔbutuu fam, na ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, sɛ ɛbɛtumi a, dɔn no nsiane ne ho nkɔ. Na ɔkaa sɛ: Aba, Agya! Wotumi nnoɔma nyinaa yɛ; yi kuruwa yi firi me so kɔ! Nanso ɛnyɛ deɛ mepɛ, na deɛ wopɛ. Na ɔba bɛhunuu wɔn sɛ wɔada, na ɔsee Petro sɛ: Simon, woada? Woantumi anwɛn dɔnhwereɛ baako mpo? Monwɛn, na mommɔ mpaeɛ, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom no pɛ deɛ, nanso honam no yɛ mmerɛ. Na ɔsii mu bio kɔbɔɔ mpaeɛ kaa asɛnkorɔ no ara. Na ɔsane ba bɛhunuu wɔn sɛ wɔada bio; na wɔn ani twan so, na wɔnhunu deɛ wɔmfa mmua no. Na ɔbaa ne mprɛnsa so, na ɔsee wɔn sɛ: Afei deɛ, monna, na monhome! Adɔɔso! Dɔn no adu; hwɛ wɔreyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa. Monsɔre mma yɛnkɔ; hwɛ deɛ ɔreyi me ama no abɛn! Na amonom hɔ ara, ɔgu so rekasa no, Yuda, dummienu no mu baako, bae, na nkurɔfokuo bebree a wɔkurakura nkrantɛ ne mmaa firi asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no nkyɛn ka ne ho. Na deɛ ɔyii no maeɛ no ama wɔn nsɛnkyerɛnneɛ sɛ: Deɛ mɛfe n’ano no, ɔne no, monkye no, na monsɔ no mu yie mfa no nkɔ! Na ɔduruiɛ no, ntɛm ara na ɔbaa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Rabi! Na ɔfee n’ano. Na wɔde wɔn nsa kɔsɔɔ ne mu kyeree no. Na wɔn a na wɔgyina hɔ no mu baako twee ne nkrantɛ de bɔɔ ɔsɔfo panin akoa twaa n’aso. Na Yesu bisaa wɔn sɛ: Moaba sɛdeɛ moreba odwotwafoɔ so, de nkrantɛ ne mmaa rebɛkyere me? Daa a mewɔ mo nkyɛn asɔrefie rekyerɛkyerɛ no, moankye me; na sɛdeɛ atwerɛsɛm no bɛba mu ntira! Na asuafoɔ no nyinaa gyaa no hɔ dwanee. Na aberanteɛ bi a ɔfira nwera de akata n’adagya soɔ dii n’akyi; na wɔkyeree no; na ɔgyaa nwera no, firii wɔn nsa, de adagya dwanee. Na wɔde Yesu kɔɔ ɔsɔfo panin no nkyɛn, na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no nyinaa bɛhyiae. Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri kɔduruu ɔsɔfo panin no aban mu, na ɔne asomfo no kɔtenaa hɔ too gya. Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne badwafoɔ no nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adanseɛ pɛɛ sɛ wɔkum no, nanso wɔannya bi. Na nnipa pii dii adansekurumu tiaa no, nanso wɔn adanseɛ no anhyia. Na ebinom sɔre dii adansekurumu tiaa no sɛ: Yɛate sɛ ɔreka sɛ: Mɛdwiri asɔredan a wɔde nsa ayɛ yi, na nnansa mu mɛto bi a wɔamfa nsa anyɛ. Na ɛno ho mpo adanseɛ no anhyia. Na ɔsɔfo panin no sɔre gyinaa mfimfini bisaa Yesu sɛ: Wommua bi? Ɛdeɛn ho na yeinom redi adanseɛ tia woɔ yi? Nanso ɔmuaa n’ano na wammua bi. Na ɔsɔfo panin no bisaa no bio, na ɔsee no sɛ: Wone Kristo no, Deɛ Wɔahyira no no ba no anaa? Na Yesu kaa sɛ: Mene no, na mobɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔte tumi nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum mu. Na ɔsɔfo panin no sunsuanee ne ntadeɛ mu kaa sɛ: Ɛdeɛn hia na ɛhia yɛn adansefoɔ bio? Moate n’abususɛm no; modwene sɛn? Na wɔn nyinaa buu no fɔ sɛ ɛsɛ sɛ ɔwuo. Na ebinom fitii aseɛ hinam ntasuo guu ne so, na wɔkataa n’ani, na wɔbobɔɔ no akuturuku, na wɔsee no sɛ: Hyɛ nkɔm! Na asomfo no bobɔɔ no asotorɔ. Na Petro wɔ fam adihɔ no, ɔsɔfo panin no mmaawa mu baako bae, na ɔhunuu Petro sɛ ɔreto gya no, ɔhwɛɛ no haa kaa sɛ: Wo nso wo ne Nasareni Yesu no na ɛnam! Na Petro sanee sɛ: Mennim, na mente deɛ woreka yi ase mpo. Na ɔfirii adi kɔɔ ntwonoo mu, na akokɔ bɔnee. Na abaawa no hunuu no bio, na ɔfitii aseɛ ka kyerɛɛ wɔn a wɔgyina hɔ no sɛ: Oyi fra wɔn mu bi. Na ɔsanee bio. Na ɛkyɛree kakra no, wɔn a wɔgyina hɔ no ka kyerɛɛ Petro bio sɛ: Ampa ara wofra wɔn mu; ɛfiri sɛ woyɛ Galileani. Na ɔfitii aseɛ dii nse, na ɔkekaa ntam sɛ: Mennim onipa a moreka ne ho asɛm yi. Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu soɔ. Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no sɛ: Na ne werɛ hoo pii, Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu soɔ ma ɔsui!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ntɛm ara, ɛrekɔ anɔpa no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne badwafoɔ no nyinaa tuu agyina, na wɔkyekyeree Yesu de no kɔ kɔhyɛɛ Pilato nsa. Na Pilato bisaa no sɛ: Wone Yudafoɔ hene no anaa? Na Yesu bua see no sɛ: Wo na woreka. Na asɔfoɔ mpanin no totoo n’ano pii. Na Pilato bisaa no bio sɛ: Wommua hwee? Hwɛ nsɛm pii a wɔreka gu wo soɔ yi? Na Yesu ammua hwee bio, na ɛyɛɛ Pilato nwanwa. Nso daa, afahyɛ no mu no, ɔgyaa odeduani baako a wɔsrɛ no ma wɔn. Na obi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Baraba a wɔagu no ne wɔn a wɔasɔre atia Aban, a wɔadi awu basabasa no mu no mpokyerɛ. Na nkurɔfokuo no kɔ kɔfitii aseɛ srɛɛ no dendeenden, sɛ ɔnyɛ sɛdeɛ ɔyɛ ma wɔn daa no. Na Pilato bua see wɔn sɛ: Mopɛ sɛ megyaa Yudafoɔ hene no mema mo? Na ɔhunuu sɛ nitan nti na asɔfoɔ mpanimfoɔ no yii no maeɛ. Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no hwanyann nkurɔfokuo no mu sɛ wɔmma ɔnnyaa Baraba mmom mma wɔn. Na Pilato bua see wɔn bio sɛ: Ɛdeɛn na mopɛ sɛ meyɛ deɛ mofrɛ no Yudafoɔ hene no? Na wɔteaa mu bio sɛ: Bɔ no asɛnnua mu! Na Pilato bisaa wɔn sɛ: Adɛn, bɔne bɛn na wayɛ? Na wɔteaa mu dendeenden sɛ: Bɔ no asɛnnua mu. Na Pilato pɛɛ sɛ ɔsɔ nkurɔfoɔ no ani nti, ɔgyaee Baraba maa wɔn; na Yesu deɛ, ɔhwee no mpire no, ɔyii no maa wɔn sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu. Na asraafoɔ no de no kɔɔ Amrado aban no adihɔ hɔ, na wɔfrɛɛ asraafoɔkuo no nyinaa hyiae. Na wɔhyɛɛ no atadeɛ kɔkɔɔ bi, na wɔnwonoo nkasɛɛ abotire hyɛɛ no, na wɔfitii aseɛ kyeaa no sɛ: Mo, Yudafoɔ hene! Na wɔde demmire paee n’apampam, na wɔtotoo ntasuo guu ne so, na wɔbuu nkotodwe sɔree no. Na wɔwiee ne ho agorɔdie no, wɔyii atadeɛ kɔkɔɔ no, de ɔno ara n’atadeɛ hyɛɛ no. Na wɔde no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu. Na wɔhyɛɛ Simon, Kireneni bi a ɔfiri afuom retwam, a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya, sɛ ɔnsoa n’asɛnnua no. Na wɔde no kɔduruu baabi a wɔfrɛ no Golgota; (ne nkyerɛaseɛ ne Tikwankoraa Bea). Na wɔmaa no nsa a wɔde aduhwam afra mu, nanso wannom. Na wɔbɔɔ no asɛnnua mu, na wɔkyekyɛɛ ne ntadeɛ mu twee so ntonto, hwehwɛɛ deɛ ɛbɛyɛ obiara deɛ. Na ɛbɛyɛ anɔpa nnɔnkron mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu. Na wɔtwerɛɛ afodisɛm no wɔ atifi sɛ: YUDAFOƆ HENE NO! Na wɔsɛnee akwanmukafoɔ baanu kaa ne ho, ɔbaako wɔ ne nifa, na ɔbaako wɔ ne benkum; [na atwerɛsɛm a ɛse: Wɔakan no afra amumuyɛfoɔ mu no baa mu.] Na wɔn a wɔretwam no kaa abususɛm tiaa no, wosoo wɔn ti kaa sɛ: Ao, wo a wodwiri asɔredan, na wosi no nnansa nie! Gye wo ho, na firi asɛnnua no so si fam! Saa ara na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no goroo ne ho wɔ wɔn ntam sɛ: Ɔgyee ebinom, na ɔntumi nnye ne ho. Afei ma Kristo, Israel hene no, mfiri asɛnnua no so nsi fam, na yɛnhunu, na yɛnnye nni! Na wɔn a wɔbɔɔ wɔn ne no asɛnnua mu no nso yaa no. Na ɛbɔɔ awia dummienu no, esum duruu asase no nyinaa so kɔsii nnɔnmmiɛnsa. Na ɛbɔɔ awia nɔnmmiɛnsa no, Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Eloi, Eloi, lama sabaktani? A nkyerɛaseɛ ne: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woapa me yi? Na wɔn a wɔgyina hɔ binom teeɛ no, wɔkaa sɛ: Hwɛ, ɔrefrɛ Elia! Na ɔbaako tuu mmirika de sapɔ kɔbɔɔ nsa kekakeka bi mu de tuaa demmire ano, de maa no sɛ ɔnom, na ɔkaa sɛ: Monnyae mma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛyi no asi fam anaa? Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu no, ɔwui. Na ntoma a ɛtwa asɔredan mu no mu tee mmienu firi soro bɛsii fam. Na asraafoɔ ɔha so panin a ɔgyina n’anim ntentensoɔ no hunuu sɛ ɔteaa mu saa na ɔwuiɛ no, ɔkaa sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ Nyankopɔn ba! Mmaa bi nso wɔ hɔ a na wɔgyina akyirikyiri rehwɛ; na Maria Magdalene nso ne Yakobo kumaa ne Yose ne na Maria, ne Salome ka ho; wɔn nso, ɔwɔ Galilea no, wɔdii n’akyi, na wɔsomm no, ne mmaa afoforɔ pii a wɔne no baa Yerusalem no. Na ɛnya duruu anwummerɛ, na ɛyɛ ahosiesie da a ɛne da a ɛdi homeda anim no nti, Yosef a ɔfiri Arimatea, ɔbadwani a ɔwɔ din pa a ɔno nso retwɛn Nyankopɔn ahennie no de akokoɔduro kɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no. Na Pilato adwene mu yɛɛ no naa, ɛfiri sɛ na ɔnnim sɛ wawu ampa anaa! na ɔfrɛɛ asraafoɔ ɔha so panin no bisaa no sɛ ɔwuiɛ akyɛ anaa? Na ɔte firii asraafoɔ ɔha so panin no hɔ sɛ wawu no, ɔde amu no maa Yosef. Na ɔtɔɔ nwera bi, na ɔyii no de nwera no kyekyeree ne ho, na ɔde no kɔtoo ɛda a wɔatwa no ɔbotan bi mu, na ɔmunii ɛboɔ hinii ɛda no ano. Na Maria Magdalene ne Maria Yose ne na, hunuu faako a wɔde no toeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na homeda no twaa mu no, Maria Magdalene, Yakobo ne na Maria ne Salome tɔɔ nnuhwam sɛ wɔde reba abɛsra no. Na da a ɛdi nnawɔtwe kan anɔpahema, wɔbaa ɛda no so, na owia apue. Na wɔsesee wɔn ho sɛ: Hwan na ɔbɛmuni ɔboɔ no afiri ɛda no ano ama yɛn? Na wɔmaa wɔn ani so no, wɔhunuu sɛ ɔboɔ no amuni; nso na ɛso kokuroo. Na wɔkɔɔ ɛda no mu no, wɔhunuu aberanteɛ bi sɛ ɔte nifa soɔ, hyɛ atadeɛ tentene fitaa, na wɔbɔɔ binim. Na ɔsee wɔn sɛ: Mommmɔ binim; mohwehwɛ Yesu Nasareni a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Wanyane, ɔnni ha. Hwɛ faako a wɔde no toeɛ! Na monkɔ nkɔka nkyerɛ n’asuafoɔ ne Petro sɛ ɔredi mo anim akɔ Galilea; ɛhɔ na mobɛhu no, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo no. Na wɔfirii adi ntɛm ara dwane firii ɛda no ho; na ahopopoɔ ne ahodwirie aka wɔn. Na wɔanka hwee ankyerɛ obiara; ɛfiri sɛ na wɔsuro. [Na ɔsɔree da a ɛdi nnawɔtwe kan anɔpatutu no, ɔyii ne ho adi kane kyerɛɛ Maria Magdalene a ɔtuu ahonhommɔne nson firii ne mu no. Na ɔkɔ kɔsee wɔn a wɔne no tenaeɛ a na wɔn werɛ ahoɔ na wɔresu no. Na wɔn deɛ wɔtee sɛ ɔte aseɛ na wɔahu no no, wɔannye anni. Yeinom akyiri no, ɔyii ne ho adi suban foforɔ mu kyerɛɛ wɔn mu baanu a na wɔnam rekɔ akuraa. Na wɔn nso ba bɛka kyerɛɛ nkaeɛ no; na wɔannye wɔn nso anni. Akyire yi a dubaako no te adidiiɛ no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn, na ɔkaa wɔn anim gye a wɔnnye nni no ne wɔn akomaden ho, sɛ wɔannye wɔn a wɔhunuu no sɛ wasɔre no annie nti. Na ɔsee wɔn sɛ: Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ abɔdeɛ nyinaa. Deɛ ɔgye die, na wɔbɔ no asu no wɔbɛgye no nkwa, na deɛ ɔnnye nnie no, wɔbɛbu no fɔ. Na nsɛnkyerɛnneɛ yi bɛdi wɔn a wɔbɛgye adie akyi: Me din mu, wɔbɛtu ahonhommɔne, wɔbɛkasa kasa foforɔ, wɔbɛma awɔ so, na sɛ wɔnom adubɔne biara a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde nsa bɛgu ayarefoɔ so ama wɔn ho ayɛ wɔn den. Na afei, Awurade Yesu ne wɔn kasaeɛ akyiri no, wɔfaa no kɔɔ soro, na ɔkɔtenaa Nyankopɔn nifa. Na wɔn deɛ, wɔfirii hɔ kɔ kɔkaa asɛm mmaa nyinaa, na Awurade ne wɔn yɛɛ adwuma, nam nsɛnkyerɛnneɛ a ɛka ho no so hyɛɛ asɛm no den.] Amen.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Amos ba Yesaia anisoadeɛ a ɔhunuu no Yuda ne Yerusalem ho, Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia nna no mu. O ɔsoro, montie, O asase, yɛ aso, na AWURADE akasa: Mayɛne mma ama wɔanyini, na mama wɔn so, na wɔn deɛ, wɔabɔ me so ko. Nantwie nim ne wura, na afunumu nim ne wura adididaka, na Israel deɛ, ɔnnim, me man nni nteaseɛ. Ao, ɔman nnebɔneyɛfoɔ, ɔman a wɔn asodie yɛ duro, amumuyɛfoɔ asefoɔ, mma a wɔaporɔ! Wɔagya AWURADE, wɔabu Israel Kronkronni no animtia, wɔasane wɔn akyi. Adɛn nti na wɔmmɔ mo ara, sɛ morekɔ so ara te atua yi? Etire mu no nyinaa yare, na akoma mu no nyinaa ahodwo. Ɛfiri nan ase kɔsi atifi, amudie biara nni ho, apirakuro ne nsoasoaeɛ ne akuro a ɛretu mogya; wɔmmiae na wɔnkyekyeree, ɛnna wɔmfaa ngo nnwodwoeɛ. Mo man mu ada mpan; mo nkuro, wɔde ogya ahye; mo anim pɛɛ na ananafoɔ redi mo mfuo; na asɛe sɛdeɛ ananafoɔ abutu no. Na wɔagya Sion babaa hɔ sɛ bobeturom sese, te sɛ ɛferɛ turom homebea, sɛ kuro a wɔatua no. Sɛ asafo AWURADE annya yɛn nkaeɛ kakraa bi a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadane ayɛ sɛ Gomora. Montie AWURADE asɛm, Sodom atitire! Monyɛ aso mma yɛn Nyankopɔn nkyerɛkyerɛ, mo Gomora man! Mo afɔdeɛ dodoɔ yɛ me deɛn? AWURADE na ɔseɛ. Adwennini hyeɛ afɔdeɛ ne nyɛmmoa sradeɛ afono me; na anantwie anaa nnwammaa anaa mpapo mogya, nsɔ m’ani. Sɛ moreba abɛpue m’anim a, hwan na ɔse ɔrehwehwɛ sɛ mobɛtiatia m’abannwa soɔ? Monnkɔ so mfa ayɛyɛdeɛ hunu mmma; aduhwam yɛ me akyiwadeɛ. Ɔsrane foforɔ ne homeda ne edwa a mobɔ no, mentumi nhwɛ amumuyɛ ne nhyiam kronkron. Mo asrane foforɔ ne mo afahyɛ no, me kra kyi; abɛyɛ adesoa ama me, mabrɛ wɔ ne soa ho. Na sɛ motrɛ mo nsam a, mɛyi m’ani mahunta mo; nso sɛ momma mpaebɔ dɔɔso a, me deɛ, merentie; mogya ayɛ mo nsa mama. Monnware, monnwira mo ho. Monyi mo nneyɛɛ mu bɔne mfiri m’ani so, monnyae bɔneyɛ. Monsua papayɛ, monhwehwɛ atɛntenenee, montenetene omimfoɔ, monni mma awisiaa, na mompere nnye okunafoɔ. Mommra mma yɛmfa adwene ɛ, AWURADE na ɔseɛ; sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛhoa sɛ nwera, sɛ ɛbere sɛ mogya a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ akaadoo. Sɛ mopɛ na motie a, mobɛdi asase no so nnepa; na sɛ moampene na mote atua a, afena bɛsɛe mo; na AWURADE ano na aka. Sɛdeɛ kuro nokwafoɔ adane odwamamfoɔ yi, na anka atemmuo ayɛ no ma! Na tenenee nso te mu, na afei deɛ, awudifoɔ nko ara! Wo dwetɛ adane fi, wo nsa pa, wɔde nsuo afra mu. Wo mansohwɛfoɔ ayɛ atuatefoɔ ne awifoɔ nnamfo. Wɔn nyinaa pɛ adanmudeɛ na wɔdi akyɛdeɛ akyi. Wɔnni mma nwisiaa, na akunafoɔ asɛm nnuru wɔn anim. Enti AWURADE, asafo AWURADE, Israel Tumfoɔ no, asɛm nie: Ao, mɛyi m’abufuhyeɛ makyerɛ m’ahohiahiafoɔ, na mɛtɔ were wɔ m’atamfoɔ so. Na mɛdane me nsa aba wo so, na mede dɔw mɛnane wo na mayi wo mu fi, na mayi wo sumpii mfrafraeɛ nyinaa akɔ. Na mɛdane w’atemmufoɔ mama wo sɛ kane no, ne w’afotufoɔ sɛ mfitiaseɛ no. Ɛno ansa na wɔbɛfrɛ wo tenenee kuro, nokorɛ kuro no. Wɔde atemmuo bɛgye Sion, na wɔde tenenee agye ne mma a wɔanu wɔn ho. Na wɔbɛdwɛre mmaratofoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ abom, na wɔn a wɔgya AWURADE no bɛhye. Na mo ani bɛwu adum a mo ani gyee ho no ho, na moafɛre nturo a moyiiɛ no ho. Na mobɛdane sɛ adum a n’ahahan apoɔ, na moayɛ sɛ turo a nsuo nni mu. Na ɔhoɔdenfoɔ bɛyɛ sɛ asaawa futuro, na n’adwuma ayɛ sɛ ogya nturituriiɛ, na ne mmienu nyinaa abom ahye a obiara biara rennum.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Asɛm a Amos ba Yesaia hunuu no Yuda ne Yerusalem ho nie: Na nna a ɛdi akyire no mu no, AWURADE fie bepɔ no bɛtim hɔ ataa mmepɔ atifi, na wɔama so asene nkokoɔ nyinaa, na amanaman nyinaa asene yuu aba ho. Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so nkɔ Yakob Nyankopɔn fie, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnante n’atempɔn so: Na Sion na mmara bɛfire, na AWURADE asɛm afiri Yerusalem. Na ɔbɛbu amanaman no ntam atɛn, na ɔbɛdi nnipa bebree ntam asɛm, na wɔde wɔn nkrantɛ abobɔ nsɔ, ne wɔn mpea ayɛ aderɛ. Ɔman bi remmma afena so ntia ɔman foforɔ, na wɔrensua akodie bio. O, Yakob fie, mommra mma yɛnkɔ, na yɛnkɔnante AWURADE hann mu. Na woagya wo man, Yakob fie, ɛfiri sɛ apueeɛ ntafowayifoɔ ayɛ wɔn amaama, ɛne nkɔmhyɛfoɔ sɛ Filistifoɔ, na wɔne ananafoɔ fa yɔnkoɔ. Dwetɛ ne sika ayɛ wɔn asase so ma, na wɔn akoradeɛ nni ano. Apɔnkɔ ahyɛ wɔn asase so ma, na wɔn nteaseɛnam nni ano. Abosonhuhuo nso ahyɛ wɔn asase so ma, wɔn nsa ano adwuma na wɔsom, adeɛ a wɔn nsateaa ayɛ. Enti wɔbrɛ onipa ase, na wɔde mmarima hwe fam: Mfa nkyɛ wɔn. AWURADE ho hu ne ne kɛseyɛ animuonyam nti, hyɛne ɔbotan mu, na fa wo ho kora mfuturo mu. Nnipa ahantan ani bɛbrɛ ase, na mmarima ahomasoɔ ahwe fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no. Na asafo AWURADE da bi wɔ hɔ a ɛbɛba deɛ ɛkorɔn na ɛyɛ sorɔnsorɔn nyinaa ne deɛ wɔama soɔ nyinaa so, na abrɛ ase; na ɛbɛba Lebanon ntweneduro a ɛwareɛ na ɛkorɔn nyinaa ne Basan nnupɔn nyinaa so ne mmepɔ atentene nyinaa ne nkokoɔ a wɔama soɔ nyinaa so ne abantenten a ɛkorɔn nyinaa ne afasuo a ɛyɛ den nyinaa so ne Tarsis ahyɛn nyinaa ne ahwɛdeɛ a ɛyɛ fɛ nyinaa so. Na wɔbɛbrɛ onipa ahantan ase, na mmarima ahokyerɛ aba fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no. Na abosonhuhuo no bɛtu ayera koraa. Na wɔbɛhyɛne abotan ntokuro ne fam amena mu, afiri AWURADE ho hu anim ne ne kɛseyɛ animuonyam no ho, da a ɔbɛsɔre abɛwoso asase no. Ɛda no, nnipa bɛto wɔn dwetɛ abosonhuhuo ne wɔn sika abosonhuhuo a wɔyɛ maa wɔn ho, a wɔresom no no atwene ama nkusie ne mpan, na wahyɛne abotan ntokuro ne aboɔ mpaepaeɛ mu, afiri AWURADE ho hu anim ne ne kɛseyɛ animuonyam no ho, da a ɔbɛsɔre abɛwoso asase no. Montwe mo ho mfiri onipa a ahome wɔ ne hwene mu no ho, na onipa yɛ deɛn koraa?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na hwɛ, AWURADE, asafo AWURADE, bɛtutu dua a wɔde wa ne akyidua nyinaa afiri Yerusalem ne Yuda, aduane dua nyinaa ne nsuo dua nyinaa, ɔdɔmmarima ne ɔkofoni, ɔtemmufoɔ ne odiyifoɔ, nkɔmhyɛfoɔ ne ɔpanin, aduonum so asafohene ne onimuonyamfoɔ ne dwasemni ne adwumfoɔ mu nyansafoɔ ne deɛ ɔnim ntafowayie. Na mede mmerantewaa mayɛ wɔn asafohene, na mmotafowa adi wɔn so. Na nkurɔfoɔ no bɛha wɔn ho, oyi ne oyi, onipa ne ne yɔnko; aberantewaa bɛkyerɛ ne ho ɔteteni so, na apapahwekwaa nso, onimuonyamfoɔ so. Sɛ obi sɔ ne nua mu, ne nua a ɔfiri n’agya fie mu sɛ: Wowɔ atadeɛ, bɛyɛ yɛn panin, na di yɛn so ahokyere berɛ yi mu, ɔbɛma ne nne so da no sɛ: Merenyɛ ɔyaresafoɔ, na me fie nso, aduane nni hɔ na atadeɛ nni hɔ, monnsi me ɔman panin. Na Yerusalem asunti, na Yuda ahwe ase, ɛfiri sɛ wɔn kasa ne wɔn nneyɛɛ ne AWURADE di asie, sɛ wɔbɛte n’animuonyam anim atua. Wɔn nyiyimu di wɔn adanseɛ, na wɔka wɔn bɔne sɛ Sodomfoɔ, wɔnkata so. Wɔn kra nnue! Ɛfiri sɛ wɔde bɔne ayɛ wɔn ho. Monka no ɔteneneeni ho sɛ, ɛbɛsi no yie, na wɔbɛdi wɔn nneyɛɛ so aba. Ao, ɔbɔnefoɔ nnue; na ɛbɛwie no mmusuo, na ne nneyɛɛ so adeɛ na wɔde bɛma no. Me man deɛ, mmɔfra na ɛhyɛ wɔn soɔ, na mmaa di wɔn so. Ao, me man, w’akwankyerɛfoɔ yɛ nnaadaafoɔ, na wɔsɛe w’akwan tempɔn no. AWURADE asɔre redi asɛm, na wabɛgyina hɔ rebu aman atɛn; AWURADE reba abɛbu ne man mpanimfoɔ ne n’asafohene atɛn, ɛfiri sɛ mo na moadi bobeturo no, mmɔborɔni asadeɛ wɔ mo afie mu; mohunuu deɛn nti na mopɛkyɛ me man na modwɛre mmɔborɔfoɔ anim? AWURADE, asafo AWURADE Nyankopɔn, asɛm nie. Na AWURADE kaa sɛ: Ɛsiane sɛ Sion mmammaa yɛ ahantan na wɔtoto abamkɔn deda wɔn ani akyi nante, wɔde anammɔn ntiantia nenam ma wɔn nan ase nkaa gyegyeɛ nti, AWURADE bɛma tirimkuro agu Sion mmammaa mpampam, na AWURADE bɛyi wɔn adagya so. Ɛda no AWURADE bɛyi afɛfɛdeɛ no, nan ase nkaa, ntomaban, asranefa, aso mu nnwinneɛ, nkapo, animkata ntentan, abotire, nan ntam ntweaban, abɔsoɔ, ohwam ntoaa, mmansere, mpɛtea, hwene nnwinneɛ, ntadeɛ nsakyeraho, ntadeɛ yuu, ngusoɔ, sika nkotokuo, nhwehwɛ, nwera pa, mmotire ne nkatanimu. Na ɛbɛba sɛ, ohwam ananmu na kankan bɛsie, na ntampehoma asi abɔsoɔ ananmu, na atipa asi mmɛsa ananmu, na ayitoma asi atadeɛ ananmu, na nhyehyeeɛ twa asi ahoɔfɛ ananmu. Wo mmarima bɛtotɔ nkrantɛ ano, ne wo nnɔmmarima wɔ ɔsa mu; na n’apono bɛdi abooboo na atwa adwo, na ɔbɛda mpan na watena fam.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na mmaa nson bɛsosɔ ɔbarima koro mu da no aka sɛ: Yɛbɛdi yɛn ara yɛn aduane, na yɛahyɛ yɛn ara yɛn ntadeɛ, ma wɔmfa wo din nko nto yɛn so, na yi yɛn aniwuo firi yɛn so. Ɛda no na AWURADE ban no bɛyɛ fɛ animuonyam mu, na asase so aba bɛyɛ ahoahoadeɛ ne ahyehyɛdeɛ ama Israel nkaeɛ a wɔanya nkwa no. Na deɛ wɔagya no Sion ne deɛ waka Yerusalem no, wɔbɛfrɛ no kronkron, wɔn a wɔatwerɛ wɔn din afra ateasefoɔ mu, Yerusalem nyinaa, da a AWURADE de atemmuo honhom ne ɛhyeɛ honhom bɛhohoro Sion mmammaa ho fi na wayi Yerusalem mogya so afiri mu no. Na AWURADE bɛyɛ mununkum ne wisie awia, ne ogyaframa hyerɛn anadwo, akata Sion bepɔ so tenabea nyinaa ne nkurɔfoɔ a wɔahyia hɔ so, na akatamansoɔ akata animuonyam no nyinaa so; na ɛbɛyɛ ntomadan a aseɛ wɔ nwunu awia, ahuhuro mu, ɛne dwanekɔbea ne huntabea, aprannaa ne nsutorɔ mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ma mento me dɔfo ho dwom, me dɔfo dwom a ɛfa ne bobeturo ho: Me dɔfo wɔ bobeturo bi, asasebereɛ kokoɔ bi so; na ɔfuntumm mu tutuu mu aboɔ, na ɔtetɛɛ mu bobe pa, na ɔtoo abantenten sii mu, na ɔtuu mu nsakyi-amena nso; na ɔtwɛnee sɛ ɛbɛso bobe aba: Ɛnna ɛsoo abuntwerɛ. Na afei, mo a motete Yerusalem ne Yuda mmarima, mesrɛ mo, mommu me ne me bobeturo ntam atɛn. Ɛdeɛn na anka ɛsɛ sɛ meyɛ me bobeturo bio a menyɛeɛ? Ɛdeɛn nti na metwɛnee sɛ ɛbɛso bobe aba, na aso abuntwerɛ yi? Na afei merema moahunu deɛ merebɛyɛ me bobeturo no: Mɛyi ɛho ban, na mmoa adi, mɛbubu ne fasuo, na wɔatiatia so; mɛma no atɔ mpan, wɔrentwitwa ho, na wɔrennɔ mu, na afu nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse ara nko, na mɛhyɛ osuo sɛ ɛnntɔ nngu so. Na asafo AWURADE bobeturo ne Israel fie, na Yuda mmarima ne n’afuo a n’ani gye ho; na ɔhwehwɛɛ atɛntenenee, nanso hwɛ, mogyahwieguo; ɔhwehwɛɛ tenenee, nanso hwɛ, osu! Wɔnnue, wɔn a wɔde ɛdan toa ɛdan soɔ, wɔn a wɔde afuo ka afuo ho kɔsi sɛ ɛkwan biara nni hɔ bio, na mo nko ara motena asase no soɔ. Asafo AWURADE aka agu m’aso mu sɛ: Ampa ara, adan pii bɛdane fituo, adan a ɛsoso na ɛyɛ fɛ rennya obi ntena mu; na bobeturo eka du no bɛma bobesa twahina baako pɛ, na homer baako a wɔadua bɛma bat baako pɛ. Wɔnnue, wɔn a wɔsɔre anɔpatutu di mmorosa akyire, wɔn a wɔsiri pɛ ma nsa bo wɔn! Na wɔwɔ sankuten ne bɛnta, ne mpintin ne atɛntɛbɛn ne nsa wɔ wɔn apontoɔ aseɛ, na AWURADE nneyɛɛ deɛ, wɔnhunu, na ne nsa ano adwuma nso, wɔnhunu. Enti wɔrebɛtu me man akɔ, nimdeɛ a wɔnnie nti; na ɛkɔm bɛkum n’animuonyamfoɔ, na sukɔm ade wɔn dɔm; enti Asamando atrɛ n’akɔnnɔ mu, na ahaa n’anomu bayaa, na Yerusalem animuonyamfoɔ ne nnipadɔm ne wɔn a wɔn ani ka wɔ mu no asiane akɔ hɔ. Na wɔabrɛ nnipa ase, na wɔde mmarima ahwe fam, na wɔabrɛ ahantanfoɔ aniwa ase; na asafo AWURADE, deɛ wɔma no so wɔ atɛntenenee mu, na Kronkron Nyankopɔn ate ne ho, tenenee mu. Ɛnna nnwammaa bɛdidi wɔn adidibea, na ananafoɔ adidi taamudifoɔ amamfo so. Wɔnnue, wɔn a wɔde atorosɛm homa twe amumuyɛ, na wɔde teaseɛnam ntampehoma twe bɔne, wɔn a wɔka sɛ: Ma no nyɛ no hare nyɛ n’adwuma ntɛm na yɛnhunu! Na ma Israel Kronkronni no agyina mmɛn na ɛmmra ma yɛnhunu! Wɔnnue, wɔn a wɔfrɛ bɔne sɛ papa ne papa sɛ bɔne, wɔn na wɔde sum yɛ hann, na wɔde hann yɛ sum, wɔde nwononwono yɛ fremfrem, na wɔde fremfrem yɛ nwononwono! Wɔnnue, wɔn a wɔyɛ wɔn ara ani so anyansafoɔ na wɔyɛ wɔn ani so nhunumufoɔ no. Wɔnnue, nsanom mu akatakyie ne nsafra mu ahoɔdenfoɔ! Wɔn a wɔbu ɔbɔnefoɔ bem gye adanmudeɛ, na wɔmfa deɛ ɔdi bem no bem mma no. Enti, sɛdeɛ ogyaframa di nkyɛnkyɛmma na ogyaframfram hye wira dwaneeɛ no, saa ara nso na wɔn nhini bɛporɔ, na wɔn nhwiren bɛtu akɔ sɛ mfuturo, ɛfiri sɛ wɔapo asafo AWURADE mmara, na wɔabu Israel Kronkronni no asɛm animtia. Yei nti AWURADE bo fuu ne man, na ɔtenee ne nsa tiaa wɔn na ɔbobɔɔ wɔn, na ɛmaa mmepɔ wosoeɛ, na wɔn afunu yɛɛ sɛ mmorɔno so wira dodoɔ. Yei nyinaa mu no n’abufuo no nnyaee, na ne nsa mu atene ara. Na ɔbɛsi frankaa ama amanaman a ɛwɔ akyirikyirie, na wabɔ hwerɛma afrɛ ɔman bi afiri asase ano, na hwɛ, wɔreba ɛherɛ so, ntɛm so. Deɛ ɔbrɛ ne deɛ ɔsunti nni mu, wɔrentɔ nko na wɔn ani renkum, wɔn asene mu abɔsoɔ rensane, na wɔn mpaboa homa rente. Wɔn agyan ano yɛ hwerɛmhwerɛm, na wɔn tadua nyinaa akuntunkuntunu; wɔn apɔnkɔ tɔte te sɛ twerɛboɔ, na wɔn nteaseɛnam nante sɛ kyinhyia mframa. Wɔn mmobomu te sɛ gyata deɛ, na wɔbobom sɛ agyataburuwa, wɔpɔ so kyere wɔn hanam, wɔde kɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ. Na wɔbɛworo atia wɔn da no sɛdeɛ ɛpo worɔ, na wɔhwɛ asase a, na hwɛ, ahohiahia ne sum nie, na hann redane wɔn so sum wɔ wiem hɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Afe a Ɔhene Usia wuiɛ no, mehunuu AWURADE sɛ ɔte ahennwa a ɛkorɔn a wɔama soɔ so, na n’atadeɛ mmuano ayɛ asɔrefie ma. Serafim gyinagyina ne nkyɛn. Wɔn mu biara wɔ ntaban nsia. Wɔn mu biara de ntaban mmienu kata wɔn anim. Na wɔde mmienu kata wɔn nan ho, na wɔde mmienu nso tu. Na oyi team kyerɛ oyi sɛ: Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo AWURADE! N’animuonyam ahyɛ asase nyinaa ma. Na apono ase wosoe, deɛ na ɔreteam no nne nti, na wisie yɛɛ ɛdan no ma. Ɛnna mekaa sɛ: Mennue, na mayera; na meyɛ onipa a m’ano ho nteɛ, na mete ɔman a wɔn ano ho nteɛ mu, ɛfiri sɛ Ɔhene, asafo AWURADE, na m’ani ahu no yi! Ɛnna Serafim no mu baako tu baa me nkyɛn, na ɔkura nsramma a ɔde daban kɔfaa no afɔrebukyia no soɔ; na ɔde kaa m’ano kaa sɛ: Hwɛ, yei aka w’ano, na wɔayi w’amumuyɛ kɔ, na wɔakata wo bɔne so. Na metee AWURADE nne sɛ ɔse: Hwan na mensoma no, na hwan na ɔbɛkɔ ama yɛn? Na mese: Meni, soma me! Na ɔse: Kɔ na kɔka kyerɛ ɔman yi sɛ: Teɛ ara na monteɛ, na monnte aseɛ, na hunu ara na monhunu, na monnhunu mu. Ma ɔman yi akoma mpirim, na wɔn aso mu nyɛ duru, na ka wɔn ani femfam so, na wɔamfa wɔn ani anhunu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔn akoma anhunu mu, na wɔansakyera, na wɔansa wɔn yadeɛ. Na mese: O AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn? Na ɔse: Ɛnkɔsi sɛ nkuro bɛdane akurofo a obi nte mu, na afie atɔ mpan a onipa nni mu, na asase no asɛe ayɛ fo koraa, na AWURADE aka nnipa akɔ akyirikyiri, na amamfo adɔɔso wɔ asase no soɔ. Na sɛ ɛka abupɛn du mu baako wɔ mu mpo a, wɔbɛsane ahye wɔn, sɛ odum anaa dupɔn a wɔato ahwe fam, nanso ne sini da so ara si hɔ berɛ a wɔatwa. Na n’aba kronkron no ne dunsini no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛbaa sɛ Usia ba Yotam ba Ahas a ɔyɛ Yuda hene berɛ so no, Siriahene Resin ne Israelhene Peka a ɔyɛ Remalia ba baa Yerusalem, sɛ wɔne no rebɛko, na wɔantumi no. Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid fie sɛ: Siria ne Efraim ayɛ apam. Ɛnna n’akoma ne ne man akoma wosoeɛ, sɛdeɛ kwaeɛ mu nnua wosoɔ wɔ mframa anim. Na AWURADE ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: Firi kɔhyia Ahas, wo ne wo ba Sear-yasub, wɔ atifi tadeɛ suka no a ɛkyerɛ ntomasifoɔ afuo tempɔn soɔ no ano, na ka kyerɛ no sɛ: Hwɛ yie na yɛ komm, nsuro, na mma w’akoma nntu, nnyentia mmienu a ɛfiri wisie yi nti, Resin ne Siria ne Remalia ba no abufuhyeɛ no nti. Ɛsiane sɛ Siria ne Efraim ne Remalia ba no apam wo tiri so apammɔne sɛ: Momma yɛnkɔ Yuda so na yɛnkɔha no, na yɛnni so mfa, na yɛnsi Tabeel ba no hene wɔ mu, nti: Sɛɛ na AWURADE Nyankopɔn seɛ: Ɛrennyina na ɛremma mu, na Siria tiri ne Damasko, na Damasko tiri ne Resin. (Na ɛha mfirinhyia aduosia nnum no, wɔbɛsɛe Efraim na anyɛ ɔman bio.) Efraim tiri ne Samaria, na Samaria tiri ne Remalia ba no: Sɛ morennye nni a, nokorɛ morennyina. Na AWURADE toaa so ka kyerɛɛ Ahas sɛ: Bisa AWURADE wo Nyankopɔn hɔ nsɛnkyerɛnneɛ, ma no nsiane nkɔ sɛ Asamando, anaa ɛnkorɔn sɛ ɔsoro! Na Ahas se: Meremmisa, na merensɔ AWURADE menhwɛ. Ɛnna ɔse: Dawid fie, montie ɛ! Ha a moha nnipa yi, ɛnnɔɔso mmaa mo, sɛ mobɛha me Nyankopɔn nso? Enti AWURADE no ara bɛma mo nsɛnkyerɛnneɛ: Hwɛ, ababaa bi bɛnyinsɛn awo ɔbabanin, na wato no din Imanuel. Nufosuo ani sradeɛ ne ɛwoɔ na ɔbɛdie, berɛ a ɔhunu bɔne na ɔkyire, na papa na ɔfa no. Na abarimaa no nnya nhunuu bɔne kyire ne papa fa no, asase a wosuro n’ahemfo baanu anim no bɛyɛ amamfo. AWURADE de nna bi bɛba wo ne wo man, ne w’agya fie so, nna a ɛmmaa da firi berɛ a Efraim te firii Yuda ho no: Ɛne Asiriahene. Na ɛbɛba sɛ ɛda no, AWURADE bɛbɔ hwerɛma afrɛ anwansena a ɔwɔ Misraim asuasu awieeɛ no, ne wowa a ɔwɔ Asiria asase soɔ no, na wɔn nyinaa aba abɛsisi mmonhwa a ɛsiane kuronkuron, ne abotan mpaepaeɛ mu, ne nkasɛɛ ne ɛserɛ nyinaa so. Ɛda no ara na AWURADE de yiwan a wɔabɔ no paa Asuogya hɔnom a ɛne Asiriahene, no bɛyi etire ne nan ho nwi, na ayi bɔgyesɛ nso. Na ɛda no, obi bɛyɛne nantwiburuwa ne nnwan mmienu bi, na nufosuo a ɔbɛnya no dodoɔ nti, ɔbɛdi nufosuo ani sradeɛ, na nufosuo ani sradeɛ ne ɛwoɔ ara na wɔn a wɔbɛka asase no soɔ nyinaa bɛdie. Na ɛbɛba sɛ ɛda no, baabiara a bobe apem a kane ɛdi nnwetɛbena apem wɔ no bɛdane nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse ara nko. Agyan ne tadua na wɔde bɛba hɔ, ɛfiri sɛ asase no nyinaa ayɛ nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse ara nko; na mmepɔ a anka wɔde asɔ dɔ soɔ nyinaa no, nwerɛ ne nkasɛɛ ho hu nti wɔrenkɔ hɔ bio, na wɔbɛgyaa anantwie akɔ so, na nnwan atiatia so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Fa twerɛpono kɛseɛ, na fa ɔdasani twerɛdua twerɛ so sɛ: Maher-salal-has-bas. Na mɛma adansefoɔ anokwafoɔ, Ɔsɔfoɔ Uria ne Yeberekia ba Sakaria adi me adanseɛ. Na mekɔɔ odiyifoɔbaa no ho, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Frɛ ne din sɛ: Maher-salal-has-bas. Na abarimaa no nnya nhunuu agya anaa ɛna frɛ no, wɔbɛsoa Damasko ahoɔden ne Samaria asadeɛ adi Asiriahene anim akɔ. Na AWURADE toaa so ka kyerɛɛ me bio sɛ: Ɛsiane sɛ ɔman yi bu Siloa nsuo a ɛsene brɛɛ animtia na wɔn ho sane wɔn Resin ne Remalia ba no ho nti, hwɛ, AWURADE de asubɔnten no mu nsuo a ano yɛ den na ɛdɔɔso no reba wɔn so, Asiriahene ne n’animuonyam nyinaa; na ɛbɛba abɛforo ne suka nyinaa, na ayiri akata ne nsunoa nyinaa; na ɛbɛsene afa Yuda mu ayiri akɔduru kɔn mu, na ne ntaban mu trɛ aduru w’asase ano, O Imanuel. Aman, monka mo ho mmoa ano, na monnwerɛ ara, asase a ɛwɔ akyirikyiri sofoɔ nyinaa, monyɛ aso, mommia na monnwerɛ, mommia na monnwerɛ. Montu agyina na ɛbɛyɛ ɔkwa, monka asɛm na ɛrennyina, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ. Na sɛɛ na AWURADE de nsa denden ka kyerɛɛ me, na ɔde teaa me sɛ mennante ɔman yi kwan so sɛ: Mommfrɛ adeɛ a ɔman no frɛ no etiresopam no nyinaa sɛ etiresopam, na deɛ wɔsuro nso monnsuro, na mo akoma nntu. Asafo AWURADE no, ɔno na monyɛ no kronkron, na ɔno na ɔnyɛ mo suro ne mo akomatuo. Na ɔbɛyɛ kronkronbea, nso ɔbɛyɛ suntiboɔ ne ɔwatiri botan ama Israel afie mmienu no nyinaa, na wayɛ kantankoraa ne fidie ama wɔn nyinaa, na wayɛ kantankoraa ne fidie ama wɔn a wɔte Yerusalem no. Na wɔn mu bebree bɛwatiri, na wɔahwehwe ase na wɔabubu, na wɔatotɔ mfidie mu na wɔayiyi wɔn. Kyekyere adanseɛ no, sɔ nkyerɛkyerɛ no ano m’asuafoɔ mu. Na mɛtwɛn AWURADE a ɔyi n’ani hunta Yakob fie no, na m’ani da ne so. Hwɛ, me ne me mma a AWURADE ama me sɛ yɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ wɔ Israel mu no firi asafo AWURADE a ɔte Sion bepɔ soɔ no. Na sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: Mommisa asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ a wɔde nnomaa su ne asutuo kasa no a, ɛnyɛ ɔman no Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wɔbisa ne hɔ adeɛ anaa? Awufoɔ hɔ na wɔmmisa adeɛ mma ateasefoɔ? Wɔnni mmara ne adanseɛ no akyi! Sɛ wɔanka no sɛdeɛ asɛm yi teɛ a, ɛnneɛ adeɛ renkye wɔn. Na wɔbɛfa asase no mu akɔ, na ayɛ den ama wɔn na ɛkɔm ade wɔn; na ɛberɛ a ɛkɔm rede wɔn no, wɔn ho bɛyera wɔn, na wɔadome wɔn hene ne wɔn Nyankopɔn, na wɔadanedane wɔn ani akyerɛ soro, na wɔahwɛ fam nso; nanso hwɛ, ahohiahia ne sum nie, ahodwan kusuuyɛ, na wɔasum wɔn agu sum kabii mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Nanso kusuuyɛ no rentena hɔ mma deɛ na ɔwɔ ahodwan mu no; akane berɛ no wammu Sebulon asase ne Naftali asase no, nanso akyire yi no, ɔbɛhyɛ amanaman Galilea a ɛwɔ ɛpo kwan, Yordan agya no animuonyam. Ɔman a na wɔnam sum mu no, ahunu hann kɛseɛ, wɔn a na wɔte sum kabii asase soɔ no, hann ahyerɛn wɔn so. Woama ɔman no adɔre, woama n’anigyeɛ ayɛ kɛseɛ, wɔn ani gye w’anim sɛ twaberɛ mu anigyeɛ, sɛdeɛ wɔdi asadeɛkyɛ mu ahurisie. Na wɔn adesoa dua ne wɔn akyiri abaa ne wɔn kafoɔpoma no, woabubu mu sɛ Midian da no. Na ɔko kitikitiyɛ mu amiafoɔ amiadeɛ nyinaa ne ntoma a wɔde afɔrefɔre mogya no, wɔbɛhye no sɛ adeɛ a wɔde sɔ gya. Na wɔawo akɔkoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahennie bɛda ne mmatiri so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Ɔfotufoɔ Nwanwani, Onyankopɔn Tumfoɔ, Daa Agya, Asomdwoeɛ Hene. Na n’ahennie mu bɛtrɛ, na asomdwoeɛ a ɛnni awieeɛ aba, Dawid ahennwa so ne n’ahennie so, na ɔde atemmuo ne tenenee awowa no ma atim firi sɛsɛɛ de akɔsi daa. Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ yei. AWURADE de asɛm bi akra Yakob, na ɛbɛtɔ Israel so, na ɔman mu no nyinaa bɛhunu, Efraim ne Samariafoɔ a wɔde ahantan ne ahomasoɔ akoma ka sɛ: Ntayaa adan abubu, nanso yɛde aboɔ a wɔatwa bɛto; wɔabubu akyee, na yɛde ntweneduro bɛsi ananmu. Na AWURADE bɛma Resin ahohiahiafoɔ so atia no, na wahwanyan n’atamfo: Siriafoɔ wɔ apueeɛ, na Filistifoɔ wɔ atɔeɛ, na wɔbɛtrɛ wɔn anomu amene Israel. Yei nyinaa mu no, n’abufuo nnyaee, na ne nsa atene ara. Na ɔman no ansane amma deɛ ɔhwee wɔn no nkyɛn, na asafo AWURADE akyiri kwan nso, wɔanhwehwɛ. Enti AWURADE bɛtwa Israel mu etire ne dua, papa ne mmɛwa da koro. Ɔpanin ne animuonyamfoɔ no ne etire no, na odiyifoɔ atorɔkyerɛkyerɛni ne dua no. Na ɔman yi akwankyerɛfoɔ ma wɔfom na wɔn a wɔkyerɛ wɔn kwan no, wɔamene wɔn. Enti AWURADE rennya wɔn mmeranteɛ ho anigyeɛ, na ne yam renhyehye no wɔn nwisiaa ne wɔn akunafoɔ ho; na wɔn nyinaa yɛ nnebɔneyɛfoɔ ne wɔn a nyamesuro nni wɔn mu, na ano nyinaa ka agyegyentwisɛm. Yei nyinaa nti na n’abufuo nnyaee, na ne nsa atene ara. Na abɔnefosɛm dɛre sɛ ogya, ɛhye nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ, na ɛsɔ kwaeɛ mu adɔtɔ mu ma no firi wisie kumoo foro kɔ soro. Asafo AWURADE abufuhyeɛ nti na asase no ahye tumm, na ɔman no ayɛ sɛ adeɛ a wɔde sɔ gya; obi nkora ne nua. Na wɔhwim di, nifa so, nanso ɛkɔm de wɔn ara, na wɔdidi benkum so, nanso wɔmmee, wɔwewe wɔn ara wɔn nsa ho nam. Manase we Efraim, na Efraim we Manase, na wɔn baanu nyinaa sɔre tia Yuda. Yei nyinaa nti na n’abufuo nnyaee, na ne nsa atene ara.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Wɔnnue, wɔn a wɔhyehyɛ ahyɛdeɛ huhuo ne atwerɛfoɔ a wɔtwerɛ nhyɛsoɔ ahyɛdeɛ, sɛ wɔbɛdane ahiafoɔ afiri atɛntenenee ho, na wɔakyea me man mu mmɔborɔfoɔ atemmuo, na akunafoɔ adane wɔn asadeɛ, na wɔafom nwisiaa afa! Na mobɛyɛ dɛn asotwe da no ne ɔsɛeɛ a ɛfiri akyirikyiri reba no mu? Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔgye mmoa, na ɛhe na mobɛgya mo ahodeɛ no? Ɛnkaa hwee sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase afra nneduafoɔ mu anaa wɔne atɔfoɔ atotɔ afra. Yei nyinaa mu no n’abufuo nnyaee, na ne nsa atene ara. A, Asiria, m’abufuo abaa a wo nsam poma yɛ m’abufuhyeɛ! Ɔman a nyamesuro nni wɔn mu mu na masoma no akorɔ, na m’abufuo man no so na mɛhyɛ no sɛ ɔnkɔ nkɔfa asadeɛ na ɔnkɔfom mfa, na ɔntiatia wɔn so sɛ mmorɔno so dɔteɛ. Nso ɔno deɛ, ɛnyɛ saa na ɔdwene, na n’akoma nsusu no saa, na ɛwɔ n’akoma mu sɛ ɔbɛsɛe na watutu amanaman pii. Ɛfiri sɛ ɔka sɛ: M’asafohene nyɛ ahemfo nko ara? Kalno nte sɛ Karkemis? Na Hamat nte sɛ Arpad anaa? Na Samaria nte sɛ Damasko? Sɛdeɛ me nsa kaa ahennie a wɔn abosonhuhuo no ahoni sene Yerusalem ne Samaria deɛ no, ɛnyɛ sɛdeɛ meyɛɛ Samaria ne ɛhɔ abosonhuhuo no na mɛyɛ Yerusalem ne ɛhɔ ahoni no nso? Na ɛbɛba sɛ, sɛ AWURADE nya yɛ n’adeɛ a ɔbɛyɛ Sion bepɔ so ne Yerusalem wie a, mɛba mabɛtua Asiriahene akomapirim ne n’ani a atra ne ntɔn no so ka. Ɛfiri sɛ ɔse: Me nsam ahoɔden ne me nyansa na mede mayɛ, ɛfiri sɛ mewɔ nyansa ne nteaseɛ; na matwe aman no ahyeɛ mu, na mafom wɔn akoradeɛ, na masunsum wɔn a wɔtete adwa soɔ agu, sɛ ɔbrane. Na me nsa aka aman no ahonyadeɛ sɛ pirebuo; na sɛdeɛ wɔtase nkosua a wɔagya no, sɛdeɛ me nso mɛtase asase nyinaa ne no, na obiara nni hɔ a ɔkekaa ntaban anaasɛ ɔtrɛɛ n’anomu anaasɛ ɔsuu twee twee. Akuma hoahoa ne ho wɔ deɛ ɔde no twa adeɛ no so, anaasɛ ɛwan ma ne ho so wɔ deɛ ɔtwe no no so? Sɛ dabrɛ dua tumi him deɛ ɔma soɔ no, anaasɛ poma tumi ma deɛ ɔnyɛ dua no so! Enti AWURADE, asafo AWURADE no, bɛma ɛfɔn aba n’abrane mu, na wasɔ n’animuonyam ase gya sɛ ogya a ɛdɛreɛ, Na Israel hann no bɛdane ogya, na ne Kronkronni no adane gyaframa, na wadɛre ahye ne nwerɛ ne ne nkasɛɛ da koro. Na ne kwaeɛ ne ne mfuo animuonyam no, ɔbɛfiri ɔkra so akɔsi honam so asɛe no, na ayɛ sɛ ɔyarefoɔ a yadeɛ rewie no kum. Na ne kwaeɛ mu nnua nkaeɛ no bɛsua a abɔfra mpo bɛtumi atwerɛ ne dodoɔ. Na da no, Israel nkaeɛ ne Yakob fie adwanefoɔ no rentwere deɛ ɔhwee wɔn no bio, na wɔbɛtwere AWURADE, Israel Kronkronni no, nokorɛ mu. Nkaeɛ no bɛsane aba, Yakob nkaeɛ bɛba Onyankopɔn tumfoɔ no nkyɛn. Na sɛ wo man Israel dodoɔ te sɛ mpoano anwea a, nkaeɛ bi nko na ɛbɛsane aba. Wɔahyɛ ɔsɛeɛ a ɛde tenenee a ɛboro soɔ bɛba. Na ɔsɛeɛ pasaa a wahyɛ no pintinn no na asafo AWURADE Nyankopɔn de reba asase mu no nyinaa soɔ. Ne saa nti, sɛdeɛ asafo AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Me man a wɔte Sion, monnsuro Asiria. Abaa na ɔde bɛhwe woɔ, na ne poma na ɔbɛma so wo soɔ, sɛ Misraim deɛ no; nanso aka kakra bi na abufuhyeɛ no to atwa, na m’abufuo adane akɔdwerɛ wɔn. Na asafo AWURADE bɛhim mpire atia no, sɛdeɛ ɔkum Midian, Oreb botan soɔ no; na n’abaa bɛkyerɛ po no so, na wama so sɛ Misraim deɛ no. Na da no, n’adesoa bɛyi afiri wo mmatiri so, na ne kɔnnua afiri wo kɔn so. Na sradeɛ nti kɔnnua no bɛpae. Waba Ayat afa Migron de ne nnesoa agya Mikmas; wɔakɔfa mpɔtamu hɔ, wɔakɔsoɛ Geba anadwo no. Rama ho repopo, Gibea-saulo adwane. Ma wo nne so team, Galim babaa! O Laisa, tie ɛ! O Anatot, bua no! Madmena redwane, Gebimfoɔ redwane akɔ deɛ ɛhɔ yɛ. Ɛnnɛ ara wɔbɛgyina Nob, ɔbɛwoso ne nsa agu Sion babaa bepɔ, Yerusalem kokoɔ no, so. Hwɛ, AWURADE, asafo AWURADE, de tumi a ɛyɛ hu resua dua mman kusuu so, na nnutan a ɛwowareɛ no, wɔbɛtwa agu, na deɛ ɛkorɔn no abrɛ ase; na ɔde akuma bɛbu kwaeɛ mu adɔtɔ, na Lebanon ne ne nnua akɛseɛ no ahwe ase.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na duforɔ bi bɛfifiri afiri Yisai dunsini no mu, na duban afiri ne nhini mu aso aba. Na AWURADE honhom bɛsi ne so, nyansa ne nhunumu honhom, afotuo ne mmaninyɛ honhom, nimdeɛ ne AWURADE suro honhom. Na AWURADE suro bɛyɛ no hwam. Na ɛnyɛ deɛ n’ani hunu so na ɔbɛbu atɛn, na ɛnyɛ deɛ n’aso teɛ so na ɔbɛdi asɛm, na tenenee na ɔde bɛbu atɛn ama mmɔborɔni, na ɔde asɛntenenee adi ama asase so amanehunufoɔ; na ɔde n’anomu abaa bɛbɔ asase, na ɔde n’anomu honhom akum ɔbɔnefoɔ; na tenenee bɛyɛ n’asene mu abɔsoɔ, na nokorɛdie ayɛ n’akwaa mu aboomu. Ɛnna ɛserɛ so kraman ne odwanten ba bɛtena, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwie ba ne gyata ba ne nantwie a wadorɔ bɛtena faako, na abɔfra ketewa aka wɔn. Nantwibereɛ ne sisire bɛbom adidi na wɔn mma ada faako, na gyata awe wira sɛ nantwie. Akɔkoaa bɛgoro ahuritia amena ano, na deɛ watwa nufoɔ atene ne nsa aka ɔkyerebene bɔn. Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe adeɛ bio, me bepɔ kronkron no nyinaa so, na AWURADE ho nimdeɛ bɛyɛ asase ma, sɛ nsuo kata po soɔ no. Na da no, Yisai nhini mu duforɔ a ɛsi hɔ sɛ frankaa ma aman no, n’akyiri kwan na amanaman bɛhwehwɛ, na ne homebea bɛyɛ animuonyam. Na da no, AWURADE bɛtene ne nsa ne mprenu so de agye ne man nkaeɛ a wɔaka afiri Asiria, Misraim, Patros, Etiopia, Elam, Sinear, Hamat ne po ano aman mu. Na wama frankaa so ama amanaman, na wapɔn Israel asesabɔfoɔ aboa ano, na wama Yuda nnipa a wɔahweteɛ no afiri asase ntwea nnan so abɛhyia. Na Efraim anibereɛ bɛfiri akɔ, na Yuda ahohiahiafoɔ ase ahye. Efraim ani remmere Yuda bio, na Yuda nso renhiahia Efraim ho bio. Na wɔbɛtu akɔsi Filistifoɔ mmatiri so atɔeɛ fam, na wɔbɛbom afom apueeɛ mma afa; Na wɔbɛtene wɔn nsa wɔ Edom ne Moab so, na Amon mma atie wɔn. Na AWURADE bɛwe Misraim po mu nsuo korakora, na ɔde ne mframa a ɛhyehyeɛ bɛwoso ne nsa akyerɛ Asuo Eufrate so, na wabɔ no ama no adane nsuwansuwa nson a wɔde mpaboa mpo bɛfa mu. Na tempɔn bɛda hɔ afiri Asiria ama ne man nkaeɛ a wɔaka no, sɛdeɛ ɛdaa hɔ maa Israel, ɛda a wɔfiri Misraim asase so baeɛ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛda no na wobɛka sɛ: Meda wo ase, Ao AWURADE, sɛ wo bo fuu me mpo a, w’abufuo no asane, na woakyekyere me werɛ. Hwɛ, Nyankopɔn ne me nkwagyeɛ. Mɛtwere no, na mensuro, na AWURADE Nyankopɔn ne m’ahoɔden ne me dwom, na wabɛyɛ me nkwagyeɛ. Na mode anigyeɛ bɛsa nsuo afiri nkwagyeɛ nsubura no mu. Na da no mobɛka sɛ: Monna AWURADE ase; mommɔ ne din. Momma wɔnhunu ne nneyɛɛ, aman mu. Monka sɛ wɔama ne din so! Monto ayeyie dwom mma AWURADE, na wayɛ adeɛ akɛseɛ; momma wɔnhunu yei asase nyinaa so. Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so, mo a motete Sion, na Israel Kronkronni a ɔwɔ wo mu no yɛ kɛseɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Babel ho atemmusɛm a Amos ba Yesaia hunuiɛ nie: Monsi frankaa bepɔ petee so, momma mo nne so mma wɔn; monhinhim mo nsa, na wɔnhyɛne mmapɔmma apono mu. Me, mahyɛ me kronkronfoɔ, mafrɛ me nnɔmmarima nso sɛ wɔnkyerɛ m’abufuo, wɔn a wɔdi me kɛseyɛ ho ahurisie no. Asafo yuu gyegyeegye wɔ mmepɔ so sɛdeɛ nkurɔfoɔ bebree deɛ teɛ no: Ɛte sɛ amanaman a wɔboaboa wɔn ano, ahennie ahodoɔ huuyɛ gyegyeegye, asafo AWURADE reboaboa dɔm ano ama ɔsa. Wɔfiri akyirikyiri asase so ne ɔsoro ano reba, AWURADE ne n’abufuhyeɛ akodeɛ no, sɛ ɔrebɛsɛe asase nyinaa. Montwa adwo, na AWURADE da no abɛn; ɛreba sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ no. Enti nsa nyinaa mu bɛgo, na ɔdasani biara akoma bɛnane; na wɔn ho bɛdwiri wɔn, nketenkete ne awerɛhoɔ bɛkuta wɔn, wɔbɛhunu yea sɛ ɔwofoɔ a ɔreko awoɔ. Wɔbɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim haa, wɔn anim bɛyɛ sɛ ogyaframa anim. Hwɛ, AWURADE da no reba, atirimuɔden ne anibereɛ ne abufuhyeɛ so, sɛ ɔrebɛdane asase afo, na wasɛe ɛso nnebɔneyɛfoɔ afiri so. Na ɔsoro nsoromma ne emu akunini renhyerɛn, owia bɛduru sum n’adifire mu, na ɔsrane nso renharan. Na mɛba mabɛtwe wiase aso wɔ ne bɔne ho, ne abɔnefoɔ aso wɔ wɔn amumuyɛ ho, na mama ahantanfoɔ ahomasoɔ no to atwa, na ahokyerɛfoɔ ahokyerɛ abrɛ ase; mɛma ɔdasani ho ayɛ na asene sika amapa, na onipa asene Ofir sika kɔkɔɔ. Enti mɛma ɔsoro awoso, na asase ahinhim afiri ne sibea, asafo AWURADE abufuferɛ no ano ne n’abufuhyeɛ da no nti. Na wɔbɛdanedane wɔn ho akɔ wɔn nkurɔfoɔ nkyɛn na wɔadwanedwane akɔ wɔn nsase so sɛ ɔwansane a wɔatutu no, ne nnwan a obi mmoa wɔn ano. Obiara a wɔbɛhu no no, wɔbɛhwire ne mu, na obiara a wɔbɛkye no no, bɛtɔ nkrantɛ ano; na wɔbɛposa wɔn mmotafowa, wɔ wɔn anim, wɔbɛfomfom wɔn afie afa, na wɔabobɔ wɔn yerenom adapaa. Hwɛ, merehwanyan Mediafoɔ atia wɔn, nnipa a wɔmmu dwetɛ, na sika nso, wɔnhwehwɛ; wɔn agyan bɛbobɔ mmeranteɛ, wɔn yam nhyehye wɔn ɔyafunum mma mpo ho, na wɔn ani nhunu mmɔfra mmɔbɔ. Na Babel a ɛyɛ ahennie mu kunini, ne Kaldeafoɔ kɛseyɛ animuonyam no, ɛbɛyɛ sɛ Sodom ne Gomora butuo a Onyankopɔn butuu wɔn no. Obi rentena mu da biara da, na obi renkɔtena hɔ, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mu, na Arab atutenani biara rensi ne ntomadan wɔ hɔ, na nnwanhwɛfoɔ nso remma wɔn mmoa mmutu hɔ; na ɛserɛ so mmoa na wɔbɛda hɔ, na mpatuo bɛyɛ wɔn adan amaama, na nsohori nso bɛtena hɔ, na nsasabonsam asa hɔnom; na nkuntumpaa bɛsu n’aban mu, na ɛserɛ so kraman nso anigyeɛ aban no mu. Na ne berɛ abɛn a ɛreyɛ aba, na ne nna renkyɛre bio.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE yam bɛhyehye no Yakob ho, na wayi Israel bio, na ɔde wɔn adua wɔn asase so, na ananafoɔ de wɔn ho afam wɔn ho, na wɔabata Yakob fie ho. Na aman bɛfa wɔn de wɔn aba wɔn tenabea, na Israel fie afa wɔn adi wɔn so AWURADE asase no so, ma wɔayeyɛ nkoa ne mfenaa, na wɔafa wɔn a na wɔyɛ nnommumfafoɔ nnommum, na wɔahom wɔn ahodwanfoɔ so. Na ɛda a AWURADE bɛma wo ɔhome afiri wo yea ne w’ahoyera ne w’anyadie denden a wɔdii woɔ no mu no, wode ɛbɛ yi bɛbu Babel hene aka sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na ɔhafoɔ no agyaeɛ, na ahodwan no to atwa yi? AWURADE abubu abɔnefoɔ abaa ne ɔman sodifoɔ poma no mu; ɔde abufuhyeɛ bobɔɔ aman ɔbɔ a ɛnnyaeɛ, ɔde abufuo hom amanaman so hyɛɛ wɔn ahometeɛ a emu ngoɔ. Asase nyinaa so adwo, ayɛ komm; wɔma dwom so; pepeaa nso nya wo ho anigyeɛ, ɛne Lebanon ntweneduro no, na ɛka sɛ: Sɛ woabrɛ wo ase nti, obiara remforo mma yɛn so mmɛbubu yɛn. Asamando a ɛwɔ aseɛ no ka ne ho bɛhyia wo ba; ɛhwanyan nsamanfoɔ ma wo, wɔn a anka na wɔyɛ asase so akunini nyinaa; ɛma wɔn a anka wɔyɛ amanaman ahemfo nyinaa sɔresɔre firi wɔn ahennwa so. Wɔn nyinaa gye so ka kyerɛ wo sɛ: Wo nso woahodwo sɛ yɛn ara! Woayɛ sɛ yɛn ara pɛ! Wo kɛseyɛ asiane aba Asamando, wo mmɛnta nne no nso; w’ase kɛtɛ a wɔasɛ ne mmoaa birikabirika, na wo so nkatasoɔ ne nsonsono! Ɛyɛɛ dɛn na wofiri ɔsoro ahwe aseɛ? Ao, Nsoromma Hyerɛnfoɔ, Adekyeeɛ ba! Wɔatwa wo ahwe fam, wo a wobrɛɛ amanaman aseɛ no. Na wo deɛ, wokaa no w’akomam sɛ: Ɔsoro na mɛforo makorɔ, Nyankopɔn nsoromma no atifi na mɛma m’ahennwa so asie, na matena ahyiaeɛ bepɔ no so, atifi fam asasetifi ano nohoa tɔnn; mɛforo akɔ mununkum sorɔnsorɔmmea, mɛyɛ me ho sɛ Ɔsorosoroni no. Mmom Asamando na woresiane akɔ akɔduru Amena no ase tɔnn. Wɔn a wɔhu woɔ no hwɛ wo haa de wɔn ani kari wo komm ka sɛ: Ɔbarima a ɔmaa asase wosoeɛ na ɔmaa ahennie hinhimiiɛ no nie anaa? Deɛ ɔmaa wiase danee anwea pradada soɔ, na ɔdwiridwirii emu nkuro, na wannya emu nneduafoɔ kwan ankɔ fie no nie? Amanaman ahemfo nyinaa, wɔn nyinaa deda hɔ animuonyam mu, obiara da ne damena mu; na wo deɛ, wɔato wo afiri wo damena mu atwene sɛ duban a wɔapoɔ; sɛ atɔfoɔ a afena ahwire wɔn mu na wɔasiane kɔ aboɔ Amena mu no aduradeɛ, sɛ efunu a wɔatiatia ne soɔ. Wɔremfa wo nka wɔn ho afunsie mu, ɛfiri sɛ woasɛe w’asase na woakunkum wo man. Wɔmmmɔ nnebɔneyɛfoɔ asefoɔ din da biara da bio. Wɔn agyanom amumuyɛ nti monsiesie akumiiɛ mma ne mma; na wɔansɔre amfa asase anni so, na wɔamfa nkuro anyɛ asase ani ma. Na mɛsɔre matia wɔn, asafo AWURADE asɛm nie, na matwa din ne wɔn a aka, mma ne mmanana afiri Babel, AWURADE na ɔseɛ. Na mede no bɛyɛ mpɛsɛ agyapadeɛ ne nsuo atareɛ, na mede ɔsɛeɛ praeɛ mapra no, asafo AWURADE asɛm nie. Asafo AWURADE aka ntam sɛ: Ampa ara, sɛdeɛ mesusuiɛ no, saa na ɛbɛba mu, na sɛdeɛ mabɔ me tirim no, saa ara na ɛbɛgyina, sɛ mɛbubu Asiriafoɔ m’asase so, na matiatia ne so, me mmepɔ so, na ne kɔnnua no bɛfiri wɔn so akɔ, na n’adesoa no afiri wɔn mmatiri so. Ɛno ne ɛpɔ a wɔabɔ no asase nyinaa ho, ɛno ne nsa a wɔatene no amanaman nyinaa soɔ. Na asafo AWURADE abɔ ne tirim, hwan na ɔbɛma no ayɛ ɔkwa? Na ne nsa atene, hwan na ɔbɛsianka no? Afe a Ɔhene Ahas wuiɛ no mu na nkɔmhyɛ yi baeɛ: Nni ahurisie, wo Filistia nyinaa, sɛ abaa a ɛhwee woɔ no abu, na ɔwɔ nhini no mu na ɔkyerebene bɛfiri aba, na ne ba nso ayɛ ogya ɔwɔ a ɔtuo. Na ahiafoɔ mmakan bɛdidi, na ahiafoɔ nso adeda hɔ dwoodwoo, na mede ɛkɔm bɛkum wo nhini, na w’akyikafoɔ nso, mɛma wɔatotɔ. O, Kuro pono, twa adwo; kurokɛseɛ, team ɛ; O wo, Filistia nyinaa, ma w’akoma ntu; ɛfiri sɛ wisie firi atifi fam aba, na n’asafo mu biara nka akyire. Na asɛm bɛn na wɔde bɛbua ɔman no abɔfoɔ? Sɛ AWURADE de Sion atim, na ne man mu amanehunufoɔ de wɔn ho to ne so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Moab ho atemmusɛm. Ɛnam sɛ anadwo baako wɔasɛe Ar nti, Moab abɔ no, ɛnam sɛ anadwo baako wɔasɛe Kir Moab abɔ no nti, wɔreforo akɔ Bayit ne Dibon sorɔnsorɔmmea akɔsu, Moab retwa adwo, Nebo ne Medeba; wɔn nyinaa abobɔ tikwa, wɔn nyinaa ayiyi wɔn bɔgyesɛ; wɔfirafira ayitoma, wɔn mmorɔno so, na wɔn adan atifi ne wɔn mpraeɛ so, wɔn nyinaa retwa adwo su pii. Na Hesbon ne Eleale team ma wɔte wɔn nne kɔduru Yahas, yei nti na Moab akofoɔ team denden; ne kra ho popo. M’akoma su ma Moab, na n’adwanefoɔ kɔduru Soar, kɔduru Eglat-selisiya. Na Luhit aforoeɛ no, wɔde nisuo foro, na Horonaim kwan mu wɔma ɔsɛeɛ adwotwa so. Na Nimrim asuo no asɛe pɔtɔɔ, na ɛserɛ adwan, na wira asa, wira mono nni hɔ bio. Enti adeɛ a wɔanya asie ne wɔn akoradeɛ no, wɔsoa kɔtwa mpampuro subonhwa. Na adwotwa no atwa Moab asase so ahyia, ne su aduru Eglaim, ne su nso aduru Beer- elim. Na mogya ayɛ Dimon nsuo no ma, na mede ade foforɔ nso meka Dimon ho; gyata bɛba Moab adwanefoɔ ne asase no so nkaeɛ no so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Momfa nnwammaa mfiri Sela mfa anwea pradada so fam nkɔ Sion babaa bepɔ no so nkɔma asase no sodifoɔ no. Na Moab mmammaa bɛyɛ sɛ nnomaa a wɔtu kyini, pirebuo a wɔayi no Arnon asutwareeɛ. Tu fo, bu atɛn; ma wo nwunu nyɛ sɛ anadwo, awia ketee; fa wɔn a wɔapam wɔn hunta, nyi adwanefoɔ mma; ma wɔn a wɔapam wɔn afiri Moab no nsoɛ wo nkyɛn, yɛ wɔn huntabea, ɔsɛefoɔ no anim! na ɔpoobɔfoɔ agyae, ɔsɛeɛ to atwa, nhyɛsofoɔ asa asase no so. Na wɔbɛma adwa bi atim, adɔeɛyɛ so, na obi atena so, nokorɛ mu, wɔ Dawid ntomadan no mu, deɛ ɔbu atɛn na ɔpɛ atɛntenenee, na ɔyɛ adetenenee ntɛm. Yɛate Moab ahomasoɔ a wayɛ dodoɔ, n’ahantan ne n’ahokyerɛ ne n’aniɛden ne ahoahoasɛm huhuo no. Enti ma Moab ntwa adwo, ma wɔn nyinaa ntwa Moab ho adwo, Kir-Hareset bobe aba taterɛ ho na mobɛtwa adwo koraa. Na Hesbon mfuo ahye; Sibma bobe no, amanaman wuranom abubu ne mman koraa; ɛkɔduruu Yaser, na ɛkyinii serɛ so. Ne mman trɛtrɛe, ma ɛkɔtwaa po. Enti mede Yaser su mesu Sibma bobe no, mede nisuo gu wo so, O Hesbon ne Eleale; na wo nnuabateɛ ne wo bobe abateɛ so na ɔko nteateam aba; na wɔayi anigyeɛ ne ahosɛpɛ afiri mfuo papa mu, na wɔnte ahurisie dwom anaa nteateam wɔ bobe nturo mu, nsakyifoɔ nkyi nsa-kyi-amena mu nsa, atiatiafoɔ dwom nso, matwa so. Enti me kra si apini wɔ Moab ho, me yam nso hyehye me Kir-Heres ho. Na sɛ Moab yi ne ho adi ba bɛsu, na ɔbrɛ ne ho wɔ sorɔnsorɔnbea hɔ, na ɔhyɛne ne kronkronbea bɛbɔ mpaeɛ a, ɔrentumi nyɛ hwee. Yei ne asɛm a AWURADE aka atia Moab dadaada no; na afei AWURADE rekasa sɛ: Ɛha mfeɛ mmiɛnsa a ɛte sɛ ɔpaani mfeɛ no, Moab animuonyam bɛyera, ɛmfa ho sɛ ɔwɔ dɔm kɛseɛ; na nkaeɛ no bɛyɛ kakraa bi a wɔnyɛ den.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Damasko ho atemmusɛm. Hwɛ, Damasko renyɛ kuro bio, na ɛbɛyɛ nkunkumaboɔkuo. Wɔbɛgya Aroer nkuro, mmoakuo bɛfa na wɔbɛbutubutu hɔ, na deɛ ɔbɛtu wɔn nni hɔ. Na wɔbɛsɛe Efraim mu abandenden ne Damasko ahennie, na Siria nkaeɛ bɛyɛ sɛ Israelfoɔ animuonyam no, asafo AWURADE na ɔseɛ. Ɛda no, Yakob animuonyam no bɛsua, na ne honam a adɔre sradeɛ no bɛtwam; na ɛbɛyɛ sɛ otwafoɔ buma ayuo a ɛsisi hɔ, na ɔde ne nsa twa mmɛtem no; na ɛbɛyɛ sɛ deɛ ɔdi ayuo mmɛtem mu mpɛpɛwa wɔ Refaim bonhwa no mu. Nanso ɛbɛka wɔn mu mpɛpɛwa no bi, sɛ ngodua poreɛ mu a aba mmienu anaa mmiɛnsa wɔ ntɛntɛnoa, nnan anaa nnum wɔ ne ban a aso yie no soɔ no: AWURADE, Israel Nyankopɔn, na ɔseɛ. Ɛda no na onipa ani bɛgyina ne yɛfoɔ, na n’ani bɛhwɛ Israel Kronkronni no; na ɔrenhwɛ afɔrebukyia a ɛyɛ ne nsa ano adwuma no, na Asera nnua ne owia adum a ne nsateaa ayɛ no, ɔremmu bio. Ɛda no na ne nkuro a ɛyɛ den no bɛyɛ sɛ Hewifoɔ ne Amorifoɔ nkuro a wɔagya no kwaeɛ mu ne mmepɔ atifi a wɔgyaa no Israelfoɔ anim, na ayeyɛ akurofo. Ɛfiri sɛ wo werɛ afiri wo nkwagyeɛ Nyankopɔn, na w’ahoɔden Botan no, wonkae no; enti wodua nnua fɛfɛ na wotɛ ananafoɔ tɛ nnua; woma no fifiri da a woduaeɛ no, na anɔpa a woduaeɛ no ara woma no gu nhyerɛne, nanso ɛso aba bɛtu akɔ, amaneɛ ne yea a ɛnni sabea da no. Aa, aman bebree huuyɛ, wɔyɛ huu sɛ ɛpo huuyɛ! Aa, ne aman hooyɛ, wɔyɛ hoo sɛ nsuo a ɛyɛ den hooyɛ! Aman a wɔyɛ hoo sɛ nsuo bebree hooyɛ, nanso ɔka wɔn anim ma wɔdwane kɔ akyirikyiri, na wɔti wɔn sɛ mmepɔ so ntɛtɛ, mframa anim, ne nkyinhyia mfuturo ahum anim. Anwummerɛ no, na hwɛ, binimbɔ aba; adeɛ nnya nkyeeɛ no, na wɔnni hɔ bio: Yei ne yɛn dwotwafoɔ, kyɛfa ne yɛn fomfafoɔ adeɛ a wɔnya.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Aa, asase a wɔte ntaban nnyegyeɛ wɔ soɔ, a ɛwɔ Etiopia nsubɔntene agya nohoa. Wɔsoma mpomafoɔ a wɔtete nkyɛnkyɛmma akodoɔ mu de nam nsuo ani no fa po soɔ. Abɔfoɔ a mo ho yɛ herɛ, monkɔ ɔman a wɔyɛ atentene na wɔn ho akokwa no nkyɛn, ɔman a wɔn ho yɛ hu a wɔbɛn anaa wɔwɔ akyirikyiri, ɔman a ɔwɔ tumi a ɔtiatia aman soɔ a nsubɔntene atwitwa n’asase mu no. Mo wiasefoɔ nyinaa ne mo a mote asase so nyinaa, sɛ wɔsi mmepɔ so frankaa a, monhwɛ, na sɛ wɔhyɛne totorobɛnto a, montie. Na sɛ AWURADE aka akyerɛ me nie: Mɛtena m’adwa so mahwɛ komm, sɛ awia ketee mu ahuhuro, sɛ twaberɛ ahuhuro mu bosuo mununkum. Na ɛnnya nnuruu twaberɛ a nhwiren no aporeɛ na nhwiren reyɛ bobe esia a ɛregyegyeɛ no, ɔde aderɛ bɛtwitwa mman no agu, na wayi ne mman no abubu mu; wɔbɛgya ne nyinaa hɔ ama mmepɔ so nnomaa ne asase so mmoa, na nnomaa bɛdi ahuhuroberɛ wɔ so, na asase so mmoa nyinaa adi so awɔberɛ. Ɛberɛ no mu na wɔde ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ asafo AWURADE ɛfiri nnipa a wɔwoware na wɔn ho akokwa, Wɔyɛ ɔman a wɔn ho yɛ hu na wɔfa aman ara firi akyirikyiri ne bɛnkyɛeɛ, na nsubɔntene atwitwa n’asase mu no. Wɔde wɔn bɛba asafo AWURADE din atenaeɛ a ɛne Sion bepɔ no soɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Misraim ho atemmusɛm. Hwɛ, AWURADE te mununkum haahare so reba Misraim, na Misraim abosonhuhuo ho bɛpopo n’anim, na Misraimfoɔ akoma bɛnane wɔ wɔn mu. Na mɛhwanyan Misraim atia Misraim, na wɔne wɔn ho akoko, onua ne onua, adamfo ne adamfo, kuro ne kuro, ahennie ne ahennie. Na Misraimfoɔ honhom bɛsa wɔ wɔn mu, na wɔn agyinatuo nso, mahwete, na wɔakɔ akɔbisa abosonhuhuo ne nkaberɛkyerefoɔ ne asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ hɔ. Na mede Misraim bɛhyɛ owura tirimuɔdenfoɔ nsa, na ɔhene a ɔyɛ den adi wɔn so: AWURADE, asafo AWURADE, na ɔseɛ. Na Nil no mu nsuo bɛwe, na asubɔnten no asa na awe, na nsubɔntene no suka mu awo, na Misraim nsuka no atwe asa, nnemmire ne nkyɛnkyɛmma bɛtwintwam. Nil ho bɛda mpan, wɔ Nil nsunoa ho. Wira a ɛfuo ne adeɛ a wɔadua no Nil ho nyinaa bɛhye apete asɛe; na apofofoɔ no bɛsu atwa adwo, na wɔn a wɔto Nil mu nnarewa nyinaa bɛdi abooboo, na nsuo no ani asaugufoɔ ahodwo; na siwabire futuro asrɛnfoɔ ne nweranwonfoɔ abasam bɛbu. Asase no adum bɛbubu na apaadifoɔ nyinaa werɛ aho. Soan mmapɔmma yɛ nkwasea ara nko, Farao afotufoɔ mu anyansafoɔ afotuo adane nkwaseasɛm. Adɛn na mose Farao sɛ: Anyansafoɔ ba ne me, tete ahemfo no ba? Ɛhe na afei w’anyansafoɔ no wɔ? Ma wɔnyi nkyerɛ wo, na wɔnhunu agyina a asafo AWURADE atu no Misraim soɔ. Soan mmapɔmma adane nkwaseafoɔ, wɔasisi Memfis asafohene nso, na wɔn a wɔyɛ mmusuakuo no mu ntweaso tiboɔ adaadaa Misraim. AWURADE ahwie anisobirie honhom agu ne mu, na wɔama Misraim agyigya, ne nneyɛɛ nyinaa mu, sɛdeɛ nsaboni yantam wɔ ne feɛ mu no. Na biribiara nni hɔ a etire anaa dua, papa anaa mmɛwa, bɛtumi ayɛ ama Misraim. Ɛda no, Misraim bɛyɛ sɛ mmaa, na wɔbɛsuro na wɔn ho apopo, asafo AWURADE nsa wosoɔ a ɔbɛwoso wɔ wɔn soɔ no nti. Na Yuda asase ho bɛyɛ hu ama Misraim, obiara bɔ ne din a, wɔn ho bɛpopo, asafo AWURADE agyina a watu no Misraim ho no nti. Ɛda no, Misraim asase so nkuro nnum bɛkasa Kanaan kasa, na wɔaka AWURADE ntam; wɔbɛfrɛ baako sɛ: Owia kuro. Ɛda no na wɔde afɔrebukyia bɛsi Misraim asase mfimfini ama AWURADE, na ɔboɔdum bɛsi ne hyeɛ so ama AWURADE, na ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne adanseɛ ama asafo AWURADE, Misraim asase so, na sɛ wɔsu frɛ AWURADE, ahafoɔ anim a, wasoma ɔgyefoɔ ne ɔsɛnnifoɔ aba wɔn nkyɛn abɛgye wɔn. Na AWURADE bɛyi ne ho adi ama Misraim ahu no, na Misraimfoɔ bɛhunu AWURADE ɛda no, na wɔde afɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ asom no, na wɔahyɛ AWURADE bɔ na wɔama. Na AWURADE bɛbobɔ Misraim, ɔbɛbobɔ wɔn, na wasa wɔn yadeɛ; na wɔbɛsane aba AWURADE nkyɛn, na watie wɔn asa wɔn yadeɛ. Ɛda no, atempɔn bɛda afiri Misraim akɔ Asiria, na Asiriafoɔ aba Misraim, na Misraimfoɔ akɔ Asiria, na Misraimfoɔ ne Asiriafoɔ abom asom. Ɛda no, Israel bɛtɔ Misraim ne Asiria so mmiɛnsa ayɛ nhyira, asase mfimfini, ɛsiane sɛ asafo AWURADE ahyira wɔn sɛ: Nhyira nka me man Misraim ne me nsa ano adwuma Asiria ne m’agyapadeɛ Israel.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Afe a Tartan baa Asdod, berɛ a Asiriahene Sargon somaa no na ɔne Asdod koeɛ na ɔfaeɛ no, ɛberɛ no ara mu na AWURADE nam Amos ba Yesaia so kaa sɛ: Kɔ na kɔyi ayitoma no firi w’asene mu, na sane wo mpaboa firi wo nan ase: Na ɔyɛɛ saa daa adagya de nammɔnhunu nanteeɛ. Na AWURADE kaa sɛ: Sɛdeɛ m’akoa Yesaia nam adagya ne nammɔnhunu, na wayɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ mfeɛ mmiɛnsa Misraim ne Etiopia ho yi, saa ara nso na Asiriahene bɛka Misraim nnommum ne Etiopia atukɔfoɔ, mmeranteɛ ne mpanin akorɔ na wɔanante adagya ne nnammɔnhunu, na wɔn to adeda hɔ, na Misraim ani awu. Na wɔn ho bɛpopo na wɔn ani awu, Etiopia a wɔn ani da soɔ ne Misraim a ɛyɛ wɔn animuonyam no ho, na ɛpo yi anofoɔ bɛka no ɛda no sɛ: Hwɛ, sɛdeɛ yɛn anidasoɔ a yɛdwane kɔhyɛɛ hɔ sɛ wɔmmoa yɛn nnye yɛn Asiriahene anim no teɛ nie! Na afei yɛn deɛ, yɛbɛyɛ dɛn na yɛafiri mu?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mpoano serɛ ho atemmusɛm nie: Sɛdeɛ ahum tutu firi Negeb ba no, saa ara na ɛfiri serɛ soɔ, ɛfiri asase a ɛso yɛ hu so ba. Anisoadehunu a ɛyɛ den na wɔayi akyerɛ me: Ɔfomfafoɔ refom fa, ɔsɛefoɔ resɛesɛe. O Elam, foro bra! O Media, bɛka no hyɛ mu! Mɛma n’apinisie nyinaa to atwa. Enti m’asene mu ka me dwɛɛdwɛɛ, ɛkyem aka me sɛ ɔwofoɔ kyem; yea a ɛyɛ me nti, mente asɛm, me ho a ɛyera me nti, menhunu adeɛ, m’akoma ka paripari, ehu ama mayɛ titiritii, ama anwummerɛ hann a mehwehwɛeɛ no adane me ahopopoɔ. Wɔto pono no, wɔsesɛ kuntu akɛtɛ, wɔdidi na wɔnom. O Asafohene, monsɔre! Monsra akyɛm ho ngo. Na deɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Kɔ, fa ɔwɛmfoɔ kɔgyina hɔ, deɛ ɔbɛhunu no, ma ɔnka. Sɛ ɔhunu nteaseɛnam, apɔnkɔsotefoɔ baanu baanu, mfunumu-so-tenafoɔ ne nyoma-so-tenafoɔ; na ɔwɛn n’aso wɛn pa ara. Na ɔteaa mu sɛ gyata sɛ: O AWURADE, megyina awɛneeɛ ha ara adekyeeɛ daa, na megyina m’ahwɛeɛ ara anadwo nyinaa, na hwɛ, nteaseɛnam ne nnipa, apɔnkɔsotefoɔ baanu baanu na wɔreba yi. Na ɔgyee so sɛ: Ahweaseɛ oo! Babel ahwe ase! Na n’anyame ahoni nyinaa, wɔabubu agu fam. M’adeɛ a wɔaporeɛ ne m’ayuporeeɛ ase ba! Deɛ mate no asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, anomu no, na maka makyerɛ woɔ yi. Duma ho atemmusɛm nie: Obi bɔn me firi Seir sɛ: Ɔwɛmfoɔ, anadwo mu dasuo bɛn nie? Ɔwɛmfoɔ, anadwo mu dasuo bɛn nie? Ɔwɛmfoɔ no se: Adeɛ rekye, na adesaeɛ nso reba; sɛ mobɛbisa a, mommisa, monsane mmra. Arabia ho atemmusɛm nie: Dedanim akwantemfoɔ asafo, Arabia kwaeɛ mu na mobɛsoɛ. Momfa nsuo mmɛhyia wɔn a sukɔm de wɔn, Tema asase sofoɔ, momfa paanoo mmɛhyia adwanefoɔ; ɛfiri sɛ mfena ano na wɔredwane, afena a wɔatwe ne tadua a wɔapono ne ɔko denden ano. Na deɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Ɛha afe sɛ ɔpaani mfeɛ teɛ no, na Kedar animuonyam nyinaa asa koraa, na Kedar mma mu nnɔmmarima tadua dodoɔ nkaeɛ no bɛsua, ɛfiri sɛ Israel Nyankopɔn na aka.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Adehunu bonhwa no ho atemmusɛm. Ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ na wo nnipa nyinaa aforo kɔ adan atifi yi? Wo a huuyɛ ayɛ wo ma, hooyɛ kuro, ahosɛpɛ kuro, w’atɔfoɔ antotɔ afena ano, na wɔanwuwu ɔko mu. Wo mmapɔmma nyinaa abom adwanedwane kɔ; ɛnyɛ tadua na wɔde kyeree wɔn. Wo nnipa a wɔhunuu wɔn no nyinaa, wɔdwane kɔɔ akyirikyiri, nso wɔkyeree wɔn nyinaa: Enti na mese: Monyi mo ani mfiri me so na mensu su yaya. Monnhyɛ me sɛ mobɛkyekyere me werɛ, me man babaa no sɛeɛ ho. Na ɛyɛ asafo AWURADE Nyankopɔn, anim hooyɛ ne ntiatiasoɔ ne ahoyera da, adehunu bonhwa no mu, wɔdwiri ɔfasuo no, wɔteam ma no gyegye mmepɔ so. Na Elam asɔ agyan kotokuo mu de nteaseɛnam ne nnipa ne apɔnkɔsotefoɔ reba, na Kir nso ayi kyɛm adi; na nteaseɛnam bɛyeyɛ wo mmonhwa a ɛyɛ fɛ no mu amaama, na apɔnkɔsotefoɔ nso agyinagyina kuro pono ano. Na wayi Yuda so nkataho no. Na ɛda no, mode mo ani too kwaeɛ fie no mu akodeɛ so, na Dawid kuro no mu mpaepaeɛ no, mohunuu sɛ ayɛ bebree, na moboaboaa aseɛ tadeɛ no mu nsuo ano; na mokan Yerusalem adan, na modwirii adan no, sɛ mode rewowa ɔfasuo no; na motwaa ɛkɔ wɔ afasuo mmienu no ntam maa ɔtadeɛ dada no mu nsuo no, nanso moanhwɛ deɛ ɔyɛɛ adeɛ no, na deɛ teteete no ɔhyehyɛeɛ no, moammu no. Na ɛda no, asafo AWURADE Nyankopɔn frɛɛ nnipa baa esu ne adwotwa ne tikwabɔ ne ayitomafira mu. Na hwɛ, ahosɛpɛ ne anigyeɛ, anantwie menetwa ne nnwan kum, ɛnamdie ne nsanom nie: “Momma yɛnnidi na yɛnnom na ɔkyena na yɛawu.” Na asafo AWURADE ayi me asotire sɛ: Wɔremfa amumuyɛ yi nkyɛ mo kɔsi berɛ a mobɛwuwuo! Asafo AWURADE Nyankopɔn na ɔseɛ. Sɛ asafo AWURADE Nyankopɔn, seɛ nie: Kɔ efie panin Sebna yi a ɔdi efie no soɔ no nkyɛn sɛ: Ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha? Na hwan na wowɔ no ɛha na woretwa ɔboda wɔ ha afa? Ɔretwa ɔboda wɔ deɛ ɛkorɔn, ɔreyɛ ne tenabea wɔ ɔbotan mu! Hwɛ, AWURADE bɛto wo ɔbrane toɔ atwene, na ɔbɛsɔ wo mu denden, na wahwim wo ato wo sɛ bɔɔl atwene asase a ɛtrɛ so, ɛhɔ na wobɛkɔ akɔwuo, na ɛhɔ na w’animuonyam nteaseɛnam bɛkorɔ, wo a woyɛ wo wura fie ahohora. Na mɛsum wo afiri wo sibea, na wɔadwiri wo afiri wo gyinabea. Na ɛbɛba da no sɛ mɛfrɛ m’akoa Hilkia ba Eliakim aba, na mede wo batakari mahyɛ no, na mede w’abɔsoɔ abɔ no so, na mede wo mpaninnie mahyɛ ne nsa, na wayɛ agya ama Yerusalemfoɔ ne Yuda fie. Na mede Dawid fie safoa mɛma no, na wahini, na obi anto mu, na wato mu, na obi anhini. Na mɛyɛ no sɛ pɛɛwa abɔ deɛ ɛhɔ yɛ den, na wayɛ animuonyam adwa ama n’agya fie; na wɔde n’agya fie animuonyam nyinaa bɛma no, n’asefoɔ ne mmanana nyinaa, ɛfiri nyowa so kɔsi nhina nyinaa so. Ɛda no, asafo AWURADE na ɔseɛ, pɛɛwa a wɔde abɔ deɛ ɛhɔ yɛ den no bɛhɔn, na wɔabu ahwe fam, na adesoa a ɛsɛne soɔ no asɛe, ɛfiri sɛ AWURADE na waka.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Tiro ho atemmusɛm. O, mo Tarsis ahyɛn, montwa adwo, ɛfiri sɛ wɔasɛe no a efie nni hɔ bio, obi nkɔ hɔ bio! Ɛfiri Kipro asase so na wɔyi kyerɛ wɔn. Mo mpoanofoɔ, monyɛ komm! Sidon adwadifoɔ a wɔtwa po no yɛɛ wo ma; na wɔfaa nsuo bebree so de Sihor nnɔbaeɛ, ne Nil ano ayuo bae, na ɛyɛɛ amanaman adwadie mu mfasoɔ. Sidon, ma w’ani nwu: Na ɛpo mu abankɛseɛ, ka sɛ: Menkyemm na menwoo mma da, na menyɛnee mmeranteɛ na mentetee mmabaa. Misraim te asɛm no ara pɛ, ɛbɛdi Tiro asɛm no ho yea kɛse. Montwa nkɔ Tarsis, mo mpoanofoɔ, montwa adwo. Yei ne mo ahurisidie kuro a ɛfiri tete nteredee no, a ne nan de no dɔɔ mu kɔɔ akyirikyiri kɔtenaa hɔ no anaa? Hwan na ɔbɔɔ ne tirim pɔ yi tiaa Tiro, abotiremafoɔ no a n’adwadifoɔ yɛ mmapɔmma ara nko, na n’adwadifoɔ yɛ asase so animuonyamfoɔ ara nko no? Asafo AWURADE abɔ ne tirim, sɛ ɔbɛgu ahantan nyinaa animuonyam ho fi, na wahura asase so animuonyamfoɔ nyinaa ho. O Tarsis babaa, yiri w’asase so sɛ Nil; nkyekyeremu biara nni hɔ bio. Watene ne nsa akyerɛ po so, wawoso ahennie ahodoɔ, AWURADE ahyɛ Kanaan ho mmara sɛ wɔnsɛe n’abankɛseɛ. Na waka sɛ: Worenkɔ so nni ahurisie bio, O Sidon babaa a wɔabɔ wo adapaa. Kipro na sɔre twam korɔ, ɛhɔ nso worennya ɔhome. Hwɛ, Kaldeafoɔ asase! Ɛno na ɛyɛ ɔman ɛnyɛ Asiria. Wɔde Tiro maa nkekaboa. Wɔtoo wɔn afasuo denden no. Wɔbubuu n’ahemfie maa ɛyɛɛ fituo. Mo Tarsis ahyɛn, montwa adwo, na wɔasɛe mo aban. Na da no ɛbɛba sɛ werɛ bɛfiri Tiro mfeɛ aduɔson a ɛte sɛ ɔhene baako berɛ, mfirinhyia aduɔson no akyiri no, ɛbɛyɛ Tiro sɛ odwamamfoɔ no dwom no: Fa sankuo, kyini kuro mu, odwamamfoɔ a werɛ afiri woɔ, bɔ sankuo yie, na to nnwom pii, deɛ ɛbɛyɛ na wɔakae woɔ. Na ɛbɛba sɛ, mfeɛ aduɔson no akyiri no, AWURADE bɛba abɛsra Tiro bio, na wasane anya n’apaadeɛ, na ɔne asase so ahennie nyinaa akɔbɔ adwaman bio. Na n’adwadeɛ ne n’apaadeɛ bɛyɛ kronkron ama AWURADE; wɔremfa mmɔ dwetire, na wɔremfa nsie; na n’adwadeɛ bɛyɛ wɔn a wɔte AWURADE anim no deɛ, na wɔadi amee, na wɔafira ntoma pa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Hwɛ, AWURADE bɛsɛe asase ama no ada mpan, na wadane ani abutu, na wabɔ ɛsofoɔ apete, na ayɛ ɔman no sɛ ɔsɔfoɔ, akoa sɛ ne wura, afenaa sɛ n’awuraa, ɔtɔfoɔ sɛ ɔtɔnfoɔ, ɔdefirini sɛ ɔdefɛmni, ɔkafoɔ sɛ ɔkafoni. Wɔbɛsɛe asase pasapasa, na wɔafom no pasaa afa, ɛfiri sɛ AWURADE na waka asɛm yi. Asase aboto na akusa, wiase anyam na akusa, ɔsoro ne asase bom boto. Asase ho akum wɔ ɛsotefoɔ ase, ɛfiri sɛ wɔatiatia mmara no so, wɔasakyera ahyɛdeɛ no na wɔato daa apam no. Enti na nnome amene asase, na ɛsotefoɔ di fɔ; enti na asase sofoɔ ahyeɛ, na aka so adasamma ketewaa bie. Nsamono twa adwo, bobe ayɛ mmerɛ; wɔn a wɔn akoma tɔɔ wɔn yam nyinaa si apini; mpintin ho ahurisidie agyae, ahosɛpɛfoɔ hooyɛ to atwa, sankuo ho ahurisidie agyae; wɔmfa dwontoɔ nnom nsa bio, nsa denden yɛ ne nomfoɔ nwono. Wɔaburi sakasaka kuro no, wɔatoto afie nyinaa mu mma obi nkɔ mu. Wɔsu bobesa ho kɔm mmorɔno so, anigyeɛ nyinaa agu, asase so ahurisidie atu kɔ. Deɛ aka kuro mu ne ɔsɛeɛ, wɔabubu kuro apono pasaa. Na saa na ɛbɛba asase no soɔ, aman no mu, sɛ ngodua poreɛ, sɛ bobe abateɛ akyiri mpɛpɛdie. Wɔn deɛ, wɔbɛma wɔn nne so ato anigyeɛ dwom. AWURADE kɛseyɛ nti wɔde ahosɛpɛ bɛteam afiri po fam. Enti monhyɛ AWURADE animuonyam apueeɛ, po mu nsupɔ mu nso monkamfo AWURADE, Israel Nyankopɔn, din. Yɛte ayeyie nnwom a ɛfiri asase ano sɛ: Animuonyam nka Ɔteneneeni no. Na mese: Meresa, meresa, mennue! Fatwafoɔ retɔn me; tɔn ara na fatwafoɔ tɔn me. Ehu ne eku ne kantankoraa da wo a wote asase soɔ no so; na deɛ ɔdwane firi ehu nkateɛ ho no bɛtɔ eku mu, na deɛ ɔforo firi eku no mu no, wɔde fidie bɛyi no. Na wɔhinihini soro mpomma, na asase nnyinasoɔ wosowoso. Dwirie na asase dwirie, paeɛ na asase paeɛ, popoɔ na asase popoɔ. Asase tɔ ntintan sɛ nsaboni, na ɛhinhim sɛ asesewa bi, na ne mmarato ayɛ ne so duru, na ɛhwe ase a ɛrensɔre bio. Ɛbɛba sɛ ɛda no, AWURADE bɛtwe soro dɔm aso wɔ ɔsoro, ne fam ahemfo wɔ ɛfam. Wɔbɛboaboa wɔn ano sɛdeɛ wɔboaboa nneduafoɔ ano hyɛ amena mu, na wɔato wɔn mu, nneduadan mu, na nna bebree akyi no, wɔatwe wɔn aso. Na ɔsrane ani bɛwu, na owia anim bɛgu ase, ɛfiri sɛ asafo AWURADE bɛdi hene wɔ Sion bepɔ so ne Yerusalem, na wayi n’animuonyam wɔ ne mpanimfoɔ anim.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE, me Nyankopɔn ne wo, mɛma wo so na makamfo wo din sɛ woayɛ anwanwadeɛ; tete nteredee agyinatuo atim ayɛ nokorɛ. Na woadane kuro nkunkumaboɔkuo, woama abandenden ayɛ abansini; ananafoɔ aban afɛfɛ nyɛ kuro bio, na wɔrento bio da biara da. Enti ɔman a ɛyɛ den bɛhyɛ wo animuonyam, amanaman ahoɔdenfoɔ kuro bɛsuro wo. Na woayɛ aban a ɛyɛ den ama mmɔborɔni, aban a ɛyɛ den ama ohiani, n’ahohia mu, ahum ano dwanekɔbea, ahuhuro mu enwunu, na atirimuɔdenfoɔ home ayɛ sɛ ahum ne osuo a ɛboro fasuo, Wobrɛɛ ananafoɔ hooyɛ ase sɛ nkyɛkyerɛ so ahuhuro. Nhyɛsofoɔ dwaeɛ dwom brɛɛ ase sɛ mununkum nwunu ase ahuhuro. Na asafo AWURADE bɛto aman nyinaa pono wɔ bepɔ yi so: Sradeduane, nsa a akyɛ, sradeɛ ne ekyim, nsa a wɔasɔne soɔ. Na bepɔ yi so na ɔbɛyi anim ntoma a ɛkataa aman nyinaa anim, ne akatasoɔ a ɛkataa amanaman nyinaa soɔ no. Ɔbɛmene owuo akɔsi daa, na AWURADE Nyankopɔn bɛpepa ani nyinaa so nisuo, na wayi ne man ahohora afiri asase nyinaa so akɔ, ɛfiri sɛ AWURADE na waka. Ɛda no na wɔbɛka sɛ: Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛn ani ada ne so sɛ ɔbɛgye yɛn no nie; AWURADE a yɛn ani daa ne soɔ no nie. Momma yɛnni ahurisie, na yɛn ani nnye ne nkwagyeɛ no mu. Na AWURADE nsa bɛsi bepɔ yi so na wɔbɛtiatia Moab so wɔ n’afa, sɛdeɛ wɔtiatia nwira dodoɔ soɔ wɔ sumina soɔ; na ɔbɛtrɛ ne nsam wɔ mu, sɛdeɛ osudwareni trɛ ne nsam dwareɛ no, na ɔbɛbrɛ n’ahantan ase, ɛne ne nsa adeyɛ no. Na n’afasuo a ɛyɛ den a ɛkorɔn no, ɔbɛbrɛ no ase adwiri agu fam, mfuturo mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛda no na wɔbɛto dwom yi Yuda asase soɔ sɛ: Kuro a ɛyɛ den wɔ yɛn, ɔde nkwagyeɛ ayɛ afasuo ne epie. Monhini apono no na tenenee man a wɔkora gyidie no nhyɛne mu. Deɛ n’adwene tim wo soɔ na wobɛkora no asomdwoeɛ a ɛdi mu mu, ɛfiri sɛ wo so na ɔde ne ho toɔ. Momfa mo ho nto AWURADE so daa daa, ɛfiri sɛ AWURADE Nyankopɔn ne daa botan. Na ɔde wɔn a wɔtete soro ahwe fam, kuro a ɛkorɔn no, wabrɛ no ase; wabrɛ no ase ama no aduru fam, wama no aka fam mfuturo; wɔde nan tiatia so, mmɔborɔfoɔ nan, ahiafoɔ anammɔn no. Ɔteneneeni kwan yɛ tee, wo na wototo ɔteneneeni tempɔn. Nso w’atemmuo kwan so na yɛhwɛ wo AWURADE kwan, yɛn kra ani gyina wo din ne wo nkaeɛ. Me kra ani gyina wo anadwo, aane, me mu honhom nso, mede mefe wo, na sɛ w’atemmuo ka asase a, wiasefoɔ sua tenenee. Sɛ wɔdom ɔbɔnefoɔ a, ɔnsua tenenee; nsɛntenenee asase so na ɔdi amumuyɛsɛm, na ɔnhunu AWURADE kɛseyɛ. O AWURADE, womaa wo nsa so, nanso wɔnhunu; ma wɔnhu wo man anem, na wɔn ani nwu; ma w’atamfoɔ ho nimkuntwe nhye wɔn sɛ ogya. AWURADE, wobɛhyehyɛ asomdwoeɛ ama yɛn, na yɛn nneyɛɛ nyinaa nso, woawie ama yɛn. O AWURADE, yɛn Nyankopɔn, awuranom a ɛnyɛ woɔ abɛdi yɛn so, nanso wo nko ara na yɛkamfo wo din. Wɔawuwu na wɔrentena ase; nsamanfoɔ ne wɔn, wɔrensɔre bio; ɛno nti na wobɛtwee wɔn aso sɛee wɔn na womaa wɔn ho nkaeɛ nyinaa yeraeɛ. O AWURADE, woama ɔman no adɔre, woama ɔman no adɔre, w’anim aba nyam, woatrɛ asase no ahyeɛ nyinaa mu. O AWURADE, ahohia mu wɔhwehwɛɛ wo, wɔbɔɔ mpaeɛ berɛ a woreka wɔn anim no. Sɛdeɛ onyinsɛnfoɔ a ɔbɛn awoɔ kyem na ɔtea mu ne yea mu no, sɛdeɛ yɛteɛ, wo, AWURADE, anim ne no; yɛnyinsɛnee, yɛkyemee; ɛte sɛdeɛ yɛawo mframa. Yɛntumi nnyee asase nkwa, na wiasefoɔ nyinaa ahwehwe ase. W’awufoɔ bɛnya nkwa, wɔn afunu bɛsɔre; monnyane nto ahurisie dwom, mo a mote mfuturo mu! Na wo bosuo yɛ hann bosuo, na asase bɛyi nsamanfoɔ agu. Me man, kɔ na kɔhyɛne wo mpia mu, na toto w’akyiri apono mu; fa wo ho hunta kakraa bi kɔsi sɛ abufuo no bɛtwam akorɔ. Na hwɛ, AWURADE refiri n’afa akɔtwe asase sofoɔ aso, wɔn amumuyɛ nti. Na asase bɛyi ne mogya adi, na ɛrenkata wɔn a wɔaku wɔn ɛsoɔ no so bio.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛda no na AWURADE de n’afena denden a ɛso na ɛyɛ den no bɛtwe dɛnkyɛmmirampɔn a ɔyɛ ɔwɔ a ne ho yɛ herɛ, dɛnkyɛmmirampɔn a ɔyɛ ɔwɔ a ɔpompono no aso, na wakum ɛpo mu ɔtweaseɛ kɛseɛ no. Ɛda no, monto bobe turo fɛfɛ no ho dwom: Me, AWURADE, na mehwɛ so, megu so nsuo berɛ nyinaa mu; mehwɛ no awia ne anadwo, na hwee ammɛyɛ no. Abohuro biara nni me mu; sɛ mehunu nkasɛɛ ne nwerɛ ɛ, anka mede ɔko bɛwura mu makɔhye ne nyinaa. Agye sɛ wɔdwane bɛtoa me, na wɔne me di asomdwoeɛsɛm, asomdwoeɛsɛm na ma wɔne me nnie. Nna a ɛbɛba no mu Yakob bɛgye nhini, na Israel afefɛ agu nhyerɛne, na wɔde aba ahyɛ wiase ani mama. Wahwe wɔn sɛdeɛ ɔhwee wɔn ahwefoɔ no, anaasɛ wɔaku wɔn sɛdeɛ wɔkumm wɔn akumfoɔ no? Wɔn bɔne na wosusuu so ne wɔn diiɛ, sɛ, ɔde mframa a ano yɛ den huu na wokaa no kɔeɛ apueeɛ mframa da no. Enti, yei na wɔde bɛkata Yakob amumuyɛ soɔ, na yi a wɔreyi ne bɔne akorɔ no so aba nyinaa nie: Sɛ ɔbɛma afɔrebukyia aboɔ no nyinaa ayɛ sɛ akaadoo ntoantoa a afurofuro, na Asera nnua ne owia adum nsisi hɔ bio. Na kuro a ɛyɛ den no ada mpan ayɛ tenabea a wɔato no sraha na wɔagya no sɛ ɛserɛ soɔ; ɛhɔ na anantwie mma didie, na ɛhɔ na wɔbutubutu wie ne mman no weɛ. Sɛ ne mmaboa no dwan a, wɔbubu, mmaa bɛpɛ kɔsɔ gya; na wɔyɛ ɔman a wɔnni nhunumu, enti wɔn yɛfoɔ no yam nhyehye no mma wɔn, na deɛ ɔnwonoo wɔn no nhu wɔn mmɔbɔ. Ɛda no ɛbɛba sɛ AWURADE bɛpore n’aba afiri Asuo Eufrate no hweamo ano akɔsi Misraim subɔn no ano, na wɔatase mo, Israel mma, mmaako mmaako. Na da no, wɔbɛhyɛn totorobɛnto kɛseɛ, na wɔn a wɔyeraa Asiria asase soɔ, ne wɔn a wɔsumm wɔn kɔɔ Misraim asase soɔ no aba, na wɔabɛsɔre AWURADE, bepɔ kronkron no so wɔ Yerusalem.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Efraim nsabofoɔ ahantan abotire, ne wɔn ahokyerɛ ahyehyɛdeɛ nhwiren a ɛretwam no nnue, kuro a ɛwɔ wɔn a nsa tɔ wɔn ntintan no sradeɛ bonhwa atifi no. Hwɛ, AWURADE wɔ ɔhoɔdenfoɔ ne otumfoɔ bi, sɛ asukɔtweaa a ɛreguo, ahum a ɛsɛe adeɛ; ɔbɛka agu fam ahoɔden so sɛ osutɔ a ɛde nsuo bebree a ɛyɛ den a ɛsram soɔ ba no. Na wɔbɛtiatia Efraim nsabofoɔ ahantan abotire no so, na n’ahokyerɛ ahyehyɛdeɛ nhwiren a ɛretwam a ɛwɔ sradeɛ bonhwa atifi no ayɛ sɛ borɔdɔmakan a teɛberɛ nnya nnurui a obiara a ɔhu no nsa ka ara pɛ, a ɔdi. Ɛda no na asafo AWURADE bɛyɛ animuonyam abotire ne ahoɔfɛ ahenkyɛ ama ne man nkaeɛ no, ne atemmuo honhom ama deɛ watena aseɛ rebu atɛn no, ne mmaninyɛ ahoɔden ama wɔn a wɔka dɔm ma wɔsane korɔ wɔ wɔn kuro pono ano no. Na yeinom nso tɔ ntintan wɔ nsa mu na wɔhinhim wɔ nsaden mu, ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ tɔ ntintan wɔ nsaden mu. Nsa amene wɔn, nsaden nti wɔhinhim, wɔyɛ mfomsoɔ wɔ adehunu mu, wɔpo dodoɔ wɔ asennie mu. Na ɛfeɛ ne efi ayeyɛ apono nyinaa so ma a ɔkwan biara nni hɔ. Hwan na ɔbɛkyerɛ no nimdeɛ, na hwan nso na ɔbɛma no ate asɛnka aseɛ? Wɔn a wɔatwa wɔn nufoɔ, wɔn a wɔate wɔn afiri mpokua ano? Na mmara akyi mmara, mmara akyi mmara; ahyɛdeɛ akyi ahyɛdeɛ, ahyɛdeɛ akyi ahyɛdeɛ; ɛha kakra, ɛhɔ kakra. Na apɔtɔfoɔ ano ne tɛkyerɛma foforɔ na AWURADE de bɛkasa akyerɛ ɔman yi; ɔno na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔhome nie! momma deɛ wabrɛ nhome! na ahodwoɔ nie! nanso wɔampɛ sɛ wɔtie no. Enti AWURADE asɛm bɛdane wɔn mmara atia mmara, mmara atia mmara, ahyɛdeɛ atia ahyɛdeɛ, ahyɛdeɛ atia ahyɛdeɛ, ɛha kakra, ɛhɔ kakra, na wɔahwe ase, na wɔabubu wɔn, na wɔatotɔ fidie mu, na wɔakyekye wɔn. Enti montie AWURADE asɛm, mo afɛdifoɔ a modi ɔman a ɛwɔ Yerusalem yi soɔ. Na moka sɛ: Yɛne owuo apam, na yɛne Asamando adi nkasasie; mpire a ɛhwe tra soɔ no, sɛ ɛretwam a, ɛrenka yɛn; ɛfiri sɛ yɛde atorɔ ayɛ yɛn dwanekɔbea, na yɛde nnaadaa akata yɛn so. Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede ɔboɔ bi retim Sion, ɔboɔ a wɔasɔ no ahwɛ, tweaso tiboɔ a ne boɔ yɛ den a ɛtim hɔ timpa, deɛ ɔgye die no rennwane. Na mede atemmuo bɛyɛ susuhoma, na mede tenenee mayɛ nsania, na asukɔtweaa ahum bɛhwim atorɔ dwanekɔbea no, na huntabea no nso, nsuo bɛsram so; na mo ne owuo apam no wɔbɛtwam, na mo ne Asamando nkasasie no rennyina; mpire a ɛhwe tra soɔ no, sɛ ɛretwam a, ɛbɛtiatia mo so; mprɛ dodoɔ a ɛretwa mu no, ɛbɛfa mo, ɛfiri sɛ daa anɔpa, awia ne anadwo na ɛbɛtwam; na ɛho kaseɛ aseteɛ bɛyɛ ehu ara nko. Na mpa no nware sɛdeɛ obi bɛtene ne mu wɔ soɔ, ne dabua no nso sɛdeɛ ɔde bɛbua ne soɔ. Na AWURADE bɛsɔre sɛdeɛ ɔyɛɛ no Perasim bepɔ soɔ no, na ne bo ahuru sɛdeɛ ɛyɛe wɔ Gibeon bonhwa mu no, na wayɛ n’adeɛ bi a ɛyɛ anwanwadeɛ, na wayɛ n’adwuma bi a ɛyɛ anwanwa dwuma no. Na afei monnni fɛw bio, na mo nkyehoma no mu anyɛ den. Na mate ɔsɛeɛ pasaa a wɔasuae ato hɔ, firi asafo AWURADE Nyankopɔn no nkyɛn, sɛ ɛreba asase nyinaa so. Monyɛ aso na montie me nne, monwɛn mo aso ntie m’asɛm. Daa nyinaa na ɔfuntumfoɔ funtum sɛ ɔbɛgu n’aba? Ɔtutu siesie n’asase ani daa anaa? Sɛ ɔma ani tae wie a, ɔgu ɛme, na ɔpete tɛtɛ, na ɔdua ayuo kyerɛpɛn, ne atokoɔ nso wɔ n’afa. Ɛyɛ yei ne afuo no ano? Ɛfiri sɛ wɔakyerɛ no ne yɛbea a ɛyɛ, ne Nyankopɔn na ɔkyerɛkyerɛ no. Na ɛnyɛ ayuporeɛ adeɛ na wɔde pore ɛme, na teaseɛnam nan mfa tɛtɛ so; na poma na wɔde boro ɛme, na wɔde abaa boro tɛtɛ. Wɔyam paanoo aburoo, na wɔnna ho mpore no daapem; na sɛ obi teaseɛnam nan ne n’apɔnkɔ na ɛpete mpo a, ɛnyɛ ɔno na ɔyam. Yei nso, asafo AWURADE nkyɛn na ɛfire; n’agyinatuo yɛ nwanwa na ne nyansa nni ano.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Due, Ariel, Ariel, kuro a Dawid bɛtenaa mu no! Momfa afe nka afe ho, momma afahyɛ ntwa nhyia. Na mɛma Ariel ho akyere no, na abooboodie ne abubuo bɔ aba, na adane me sɛ Ariel Na mɛbɔ wo ho nsraban ahyia, na mede nsrafoɔ atwa wo ho kanko, na mahɔre wo ho pie atia wo. Na wobɛhwe ase, ɛfam na wofiri bɛkasa, mfuturo mu na w’asɛm bɛfiri ayɛ huhuhuhu; wo nne bɛyɛ sɛ ɔsaman deɛ afiri fam, na mfuturo mu na w’asɛm bɛfire aba sɛ asomsɛmka. Na w’atamfo bebrebe no bɛyɛ sɛ mfuturo muhumuhu, na atirimuɔdenfoɔ bebrebe no ayɛ sɛ ntɛtɛ a ɛsene korɔ, na ɛbɛba mpofirim, amonom. Asafo AWURADE bɛba abɛsra wo, ɔde aprannaa ne asasewosoɔ ne gyegyeegye kɛseɛ, kyinhyia mframa ne ahum ne ogyaframa a ɛhye adeɛ na ɛbɛba. Na amanaman bebrebe a wɔatu Ariel so sa no nyinaa, wɔn a wɔtoa no ne n’aban, hiahia ne ho no nyinaa, bɛyɛ sɛ daeɛ, wɔ anadwo adehunu mu. Na ɛbɛyɛ sɛ, obi a ɛkɔm de no so daeɛ, na hwɛ, ɔredidie, na ɔnyane a, ɛkɔm da so de no, anaasɛ, deɛ sukɔm de no so daeɛ, na hwɛ, ɔrenom nsuo, na ɔnyane a, na watɔ piti, na sukɔm da so de no, saa ara na amanaman bebrebe a wɔabɛtu Sion bepɔ so sa no nyinaa bɛyɛ. Mo ani so nyɛ mo yaa na mo ho nnwiri mo, monkeka mo ani mfemfam so na mo ani mfira. Mommoboro, nanso mommfa nsa; montotɔ ntintan, nanso mommfa nsaden! AWURADE de nnahɔɔ honhom agu mo so, na wamuamua mo ani a ɛne adiyifoɔ no, na mo tiri a ɛne adehunufoɔ no, wakata so. Na yei nyinaa ho adehunu abɛyɛ mo sɛ nwoma a wɔasɔ anomu nsɛm, wɔde ma deɛ ɔnim nwoma sɛ: Kenkan yei ɛ! a ɔka sɛ: Mentumi, na wɔasɔ ano! anaasɛ, wɔde ma deɛ ɔnnim nwoma sɛ: Kenkan yei ɛ! a ɔka sɛ: Mennim nwoma! Na AWURADE se: Ɛsiane sɛ ɔman yi de wɔn ano na ɛbɛn me, na wɔde wɔn anofafa na ɛdi me ni, na wɔn akoma deɛ, wɔayi afiri me nkyɛn kɔ akyirikyiri, na suro a wɔsuro me no ayɛ nnipa ahyɛdeɛ a wɔasua nko ara nti, hwɛ, mɛkɔ so ara na me ne ɔman yi adi no anwanwasɛm mu. Mɛma no ayɛ nwanwa ne ahodwiri, na wɔn anyansafoɔ nyansa ayera, na wɔn nhunumufoɔ nhunumu so akata. Wɔnnue, wɔn a wɔde wɔn agyinatuo hunta AWURADE fee, na wɔn nneyɛɛ wɔ esum mu, na wɔka sɛ: Hwan na ɔhu yɛn, anaa hwan na ɔni yɛn? Mosisi nnoɔma tiri ase! Wɔbu ɔnwomfoɔ sɛ dɔteɛ, na anwonneɛ aka akyerɛ ne yɛfoɔ sɛ: Ɛnyɛ ɔno na ɔyɛɛ me, anaa anwonneɛ aka akyerɛ ɔnwonfoɔ sɛ: Ɔnnim de? Ɛnyɛ kakraa bi na aka na Lebanon adane nnuaba turo, na nnuaba turo nso, wɔabu no sɛ kwaeɛ? Ɛda no, asotifoɔ bɛte nwoma mu nsɛm no, na anifirafoɔ ani afiri kusuu ne sum mu ahunu adeɛ; na wɔn a wɔdwoɔ bɛnya AWURADE mu anigyeɛ foforɔ, na nnipa mu ahiafoɔ ho asɛpɛ wɔn, Israel Kronkronni no mu; na tirimuɔdenfoɔ ayɛ ɔkwa, na ahiyifoɔ asa, na wɔatwa wɔn a wɔdwene amumuyɛsɛm nyinaa atwene, wɔn a asɛm bi nti wɔtoto nnipa ano, na wɔsum deɛ ɔtenetene wɔ kuro pono mu no fidie, na wɔde asɛnhunu tu ɔteneneeni asɛm guo. Enti sɛdeɛ AWURADE a ɔgyee Abraham no ka kyerɛɛ Yakob fie nie: Afei Yakob ani renwu bio, na afei n’anim rento fitaa bio. Na sɛ ɔhunu ne mma, a wɔyɛ me nsa ano adwuma wɔ wɔn mfimfini a, wɔbɛdwira me din ho. Wɔbɛyɛ Yakob Kronkronni no kronkron, na wɔde suro agyina Israel Nyankopɔn no anim. Na wɔn a wɔfom wɔ honhom mu bɛnya nteaseɛ, na anwiinwiifoɔ nso bɛsua adeɛ a wɔkyerɛ afa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Wɔnnue, mma atuatefoɔ, AWURADE na ɔseɛ, wɔn a wɔdi agyinatusɛm soɔ, na ɛmfiri me, na wɔyɛ nkabom bi, na ɛnyɛ me honhom soɔ, sɛ wɔde bɔne bɛka bɔne ho no. Wɔsim kɔ Misraim a wɔmmisa m’anomu asɛm, sɛ wɔrekɔtwere Farao ahoɔden, na wɔakɔhyɛ Misraim nwunu mu. Na Farao ahoɔden bɛdane mo aniwuo, na Misraim nwunu mu dwanekɔhyɛ ayɛ mo ahohora. Na Yuda asafohene wɔ Soan, na wɔn abɔfoɔ aduru Hanes; wɔn nyinaa ani bɛwu ɔman a wɔn ho remma wɔn mfasoɔ no ho. Wɔrenyɛ wɔn mmoa na wɔrenya wɔn ho mfasoɔ biara, na mmom aniwuo ne ahohora. Negeb mmoa ho atemmusɛm. Wɔfa ahohiahia ne ahokyere asase so, deɛ gyatabereɛ ne gyatanini fire no, deɛ ahuritia ne ɔwɔ a ɔtuo wɔ no, wɔde wɔn nnoɔma agu mfunumu akyiri, na wɔde wɔn akoradeɛ agu yoma akyiri apɔ so, wɔde rekɔ ɔman a wɔn ho remma wɔn mfasoɔ biara no nkyɛn. Ɛfiri sɛ Misraim mmoa yɛ adehuhuo ne adehunu, enti na mafrɛ no Rahab. Afei kɔ na kɔtwerɛ no ɛpono bi so ma wɔn, na kurukyire hyɛ nwoma mu, na ɛntena hɔ nyɛ adanseɛ nkɔsi daa daa. Na wɔyɛ atuateɛ man, mma atorofoɔ, mma a wɔmpɛ sɛ wɔtie AWURADE mmara. Wɔka kyerɛ adehunufoɔ sɛ: Monnhunu adeɛ! Na wɔka kyerɛ adiyifoɔ nso sɛ: Monnhyɛ yɛn deɛ ɛtene ho nkɔm! Monka adɛfɛdɛfɛsɛm nkyerɛ yɛn, na monka nnaadaasɛm! Mommane mfiri kwan no so, monkwae mfiri ɔtempɔn no so, momma Israel Kronkronni no nyera yɛn ani so. Enti, sɛ Israel Kronkronni no ka nie: Ɛsiane sɛ asɛm yi afono mo na mo ani da ɔhyɛ ne nkontompo soɔ na mode mo ho to soɔ nti, amumuyɛ yi bɛdane mo sɛ mpaepaeɛ a ɛwɔ ɔfasuo a ɛkorɔn na akurum na ɛreyɛ ahwe ase mu, na ne buo ba mpofirim, amonom. Na me bobɔ te sɛ ɔnwomfoɔ ahina a wɔdwerɛ no dwerɛbee a ebi nka na wɔnnya n’asinasini mu kyɛmferɛ a wɔde bɛtu bukyia mu gya anaasɛ wɔde bɛsa abura mu nsuo. Na sɛdeɛ AWURADE Nyankopɔn, Israel Kronkronni no seɛ nie: Ɔsaneba ne ɔhome mu na wɔbɛgye mo nkwa, kommyɛ ne anidasoɔ mu na mo mmaninyɛ bɛtena, nanso moampene; na mokaa sɛ: Dabi, na apɔnkɔ so na yɛbɛtena adwane. Enti dwane na mobɛdwane! Na mmoa ahoɔharefoɔ so na yɛbɛtena akorɔ. Enti wɔn a wɔti mo no ho bɛyɛ hare! Nnipa apem prɛko bɛdwane ɔbaakofoɔ huyie ano; nnipa baanum huyie ano na mobɛdwane akɔsi sɛ wɔbɛgya mo sɛ frankaadua a ɛsi bepɔ atifi, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛsi kokoɔ soɔ. Na enti AWURADE twɛn ansa na wadom mo, na ɛno nti na ɔma ne ho soɔ, ansa na wahu mo mmɔbɔ, na atemmuo Nyankopɔn ne AWURADE, nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa. Na ɔman no bɛtena Sion wɔ Yerusalem; na worensu bio; dom na ɔbɛdom woɔ atie wo nteam no; ɔte ara pɛ a, ɔbɛgye wo so. Na AWURADE bɛma mo ahohia mu aduane ne ahodwan mu nsuo deɛ, nanso wo Kyerɛkyerɛfoɔ remfa ne ho nsie bio, na mmom w’ani bɛhunu wo Kyerɛkyerɛfoɔ no. Na w’aso nso bɛte w’akyiri asɛm bi sɛ: Yei ne kwan, sɛ mofa nifa oo, mofa benkum oo, monnante so. Na mobɛgu mo dwetɛ ahoni nnuraho ne mo sika agudeɛ nkataho no ho fi. Wobɛto agu sɛ nsabutam, mobɛka akyerɛ wɔn sɛ: Firi hɔ! Na ɔbɛma osuo atɔ agu mo aba a moagu no fam ne asase nnɔbaeɛ aduane so, na ayɛ aduane pa sɔɔsɔɔ; mo mmoakuo bɛdidi da no, adidibea a ɛtrɛ so; na anantwie ne mfunumu mma a wɔyɛ mfuo mu adwuma no bɛdi afrafraduane pa a wɔde apampaa ne apaawa ahu soɔ. Na mmepɔ asorɔnsorɔn ne nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa soɔ no, asuasu ne nsubɔntene bɛsene hɔ, okunkɛseɛ da a aban atentene bɛhwehwe aseɛ no. Na ɔsrane hann bɛyɛ sɛ owia hann, na owia hann bɛyɛ mmɔho nson, sɛ nnanson hann, ɛda a AWURADE bɛkyekyere ne man bubuo na wasa ne hweɛ ano kuro no. Hwɛ, AWURADE din firi akyirikyiri reba, n’abufuo redɛre, sɛ wisie kɛseɛ a ama ne ho so, abohuro ayɛ n’anomu ma, na ne tɛkyerɛma te sɛ ogya a ɛhye adeɛ. Na ne home te sɛ asuo a ayiri abɛduru kɔnmu, na ɔde ɔsɛeɛ sɔneeɛ asɔne amanaman so, na ɔde ntwɛtwɛdɛwɔ nnareka ato aman ano mu. Mobɛto dwom sɛ afahyɛ kronkron anadwo no, na mo bo bɛtɔ mo yam sɛ wɔn a wɔnam atɛntɛbɛn ano rekɔ AWURADE bepɔ soɔ, Israel botan no nkyɛn. Na AWURADE bɛma wɔate ne nne kɛseyɛ, na wama wɔahunu ne nsa a ɛresiane, abufuo ahomeguo ne adeɛhyeɛ gyaframa, osuo babababa ne osuo yɔɔ ne asukɔtweaa mu. Na AWURADE nne nti, Asiria ho bɛpopo, ɔde abaa bɛhwe no, na hyɛberɛ abaa a AWURADE bɛma no asi ne soɔ no bɛka no, mpintin ne asankuo ano, na ɔde nsa ɛrepopoɔ na ɛne no bɛko. Wɔfiri teteete na asiesie akyiwadeɛ hyeɛbea no, ɔhene no na wɔasiesie ama no, emu dɔ, ɛtrɛ, ne ntannaa wɔ ogya ne nnyentia pii, AWURADE home bɛsɔ ano sɛ sɔfe asubɔnten.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Wɔnnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa, na wɔn ani da apɔnkɔ soɔ, na wɔde wɔn ho to nteaseɛnam soɔ, sɛ ɛdɔɔso nti, ne apɔnkɔsotefoɔ so, sɛ wɔn ho yɛ den pii nti, na wɔn ani nna Israel Kronkronni no soɔ, na AWURADE akyiri kwan nso, wɔnhwehwɛ. Nanso ɔyɛ onyansafoɔ, na ɔde mmusuo bɛba; ne nsɛm nso, ɔrensane, na ɔbɛsɔre atia abɔnefoɔ fie ne amumuyɛfoɔ boafoɔ no. Na Misraimfoɔ yɛ nnipa, na ɛnyɛ Onyankopɔn, na wɔn apɔnkɔ nso yɛ honam, na ɛnyɛ honhom. Na AWURADE bɛtene ne nsa, na ɔboafoɔ awatiri, na deɛ wɔaboa no no ahwe ase, na wɔn baanu nyinaa abom asɛe. Na sɛ AWURADE aka akyerɛ me nie: Sɛdeɛ gyata bobom na gyataburuwa su ne hanam soɔ, na wɔfrɛ mmoahwɛfoɔ pii ara ba ne so a, wɔn nne mma no mmɔ binim, na wɔn hooyɛ nti ɔmmrɛ ne ho ase no, saa ara na asafo AWURADE bɛduru sɛ ɔrebɛdi ako wɔ Sion bepɔ ne ne kokoɔ soɔ. Sɛdeɛ nnomaa a wɔtuo yɛ no, saa na asafo AWURADE bɛbɔ Yerusalem ho ban, ɔbɛbɔ ho ban agye no nkwa, ɔbɛsiane ho, na wahu no mmɔbɔ. Monsane mmra deɛ moayɛ no dɔm kɛseɛ no nkyɛn, O Israelfoɔ. Ɛda no, wɔn nyinaa bɛtoto wɔn dwetɛ ne sika abosonhuhuo a mo nsa ayɛ ama mode ayɛ bɔne no agu. Na Asiria bɛtɔ afena a ɛnyɛ onipa deɛ ano, na afena a ɛnyɛ onipa deɛ bɛsɛe no; na ɔbɛbɔ ne ho adwaa, afena anim, na wɔama ne mmeranteɛ ayɛ ɔhyɛ adwuma. Na ne botan de ehu bɛsene akɔ, na n’asafohene de ahopopoɔ afiri frankaa no ho. AWURADE a ne gya wɔ Sion, na ne fononoo wɔ Yerusalem no na ɔseɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Hwɛ, tenenee mu na ɔhene bi bɛdi hene, na asafohene nso, atemmuo mu na wɔbɛdi asafohene; na wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano huntabea ne osuo ano dwanekɔbea, sɛ nkyɛkyerɛ so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛseɛ nwunu. Na wɔremfira adehunufoɔ ani, na wɔn a wɔte asɛm aso bɛbue; na wɔn a wɔn akoma pere wɔn no bɛyɛ nhunumufoɔ na dodoworofoɔ tɛkyerɛma akasa turodoo a emu teɛ. Wɔremfrɛ ogyegyentwie sɛ bapɔmma bio, na wɔrenka sɛ ɔdaadaafoɔ yɛ ɔdɛɛfoɔ. Na ogyegyentwie ka agyegyentwisɛm na ɔdwene amumuyɛsɛm, sɛ ɔbɛdi ahuhusɛm na waka AWURADE ho asɛm a ɛnyɛ, sɛ ɔbɛma deɛ ɔdi kɔm kra ada mpan, na wama anonneɛ abɔ deɛ sukɔm de no. Na ɔdaadaafoɔ adeɛ yɛ bɔne, ɔbɔ ne tirim pɔ bɔne, sɛ ɔde atorosɛm bɛsɛe mmɔborɔni ne ohiani sɛ ɔka nokorɛ mpo a. Na ɔdɛɛfoɔ dwene ayamyɛ, na ayamyɛ ara na ɔde gyina. Mo mmaa a mote hɔ dwoodwoo no, monsɔre ntie me! Mmammaa a mo ho dwo mo ho no, monyɛ aso mma m’asɛm. Afe ne akyire nna bi mu no, mo a mo ho dwo mo no ho bɛpopo, na bobe abateɛ to bɛtwa, nnuaba anoboa remma bio. Mo mmaa a mote hɔ dwoodwoo no, mo ho nwoso, mo a mo ho dwo mo, mo ho mpopo! Mompa mo ho, monyɛ kwaterekwa, momfa ayitoma mmobɔ mo asene. Mommobɔ mo koko wɔ mfuo fɛfɛ no nti, bobe nnua a ɛso pii no ntira. Nkasɛɛ ne nwerɛ fu me man asase no so, aane, anigyeɛ kuro no mu anigyeɛ adan nyinaa so mpo. Na aban fɛfɛ bo bɛda mpan, wɔbɛgya kuro a nnipa dɔɔso wɔ mu no, ne kokoɔ ne ɔwɛn aban bɛdane atu de akɔsi daa, ɛserɛ so mfunumu anika ne mmoakuo adidibea. Ɛde rekɔsi sɛ wɔbɛfiri soro ahwie honhom no agu yɛn soɔ, na ɛserɛ so adane asasebereɛ a ɛma nnɔbaeɛ, na wɔabu asasebereɛ a ɛma nnɔbaeɛ no sɛ kwaeɛ; na atemmuo bɛtena ɛserɛ so, na tenenee nso atena asasebereɛ a ɛma nnɔbaeɛ no mu; na tenenee no nneyɛɛ bɛyɛ asomdwoeɛ, na tenenee so aba ayɛ kommyɛ ne ahotosoɔ akɔsi daa; na me man bɛtena asomdwoeɛ fie, ahotɔ tenabea, ne kommyɛ homebea. Na asukɔtweaa bɛgu da a kwaeɛ no bɛhwe fam no, na wɔbɛbrɛ kuro no aseɛ korakora. Nhyira ne mo a mogu aba, nsuo nyinaa ho, na moma nantwie ne afunumu kwan ma wɔkyinkyin.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Due, ɔsɛefoɔ a wo deɛ, wɔnsɛee woɔ, ɔfatwafoɔ a wɔmfaa wo ntwaeɛ! Sɛ wogyae ɔsɛeɛ no a, wɔbɛsɛe wo, na sɛ wonya wie ɔfatwa a, wɔde wo bɛtwa. O AWURADE, dom yɛn, wo na yɛtwɛn woɔ. Yɛ yɛn basa anɔpa biara, aane, yɛn nkwagyeɛ wɔ ahohia berɛ mu. Hooyɛ no ano na aman dwanedwane, woma wo ho so a, amanaman hwete. Na wɔtase asadeɛ sɛ osa tase adeɛ, sɛdeɛ ntutummɛ hurihuri no, saa ara na wɔhurihuri wɔ soɔ. Wɔama AWURADE so, na ɔte soro tɔnn; ɔde atemmuo ne tenenee bɛhyɛ Sion ma. Na ɔbɛyɛ wo berɛ mu ɔmannwoeɛ, nkwagyeɛ, nyansa ne nimdeɛ mmorosoɔ bɛba; AWURADE suro ne n’ademudeɛ. Hwɛ, wɔn abrane reteam mmorɔno so, asomdwoeɛ abɔfoɔ resu su yayaaya; akwantempɔn afu, akwantemfoɔ to atwa; wɔabu apam no so, wɔabu nkuro animtia, wɔammu ɔdasani biara. Asase redi abooboo na akusa; Lebanon ani awu, adwan koraa; Saron adane sɛ anwea pradada so, Basan ne Karmel so nhahan apo. AWURADE se: Afei mɛsɔre, afei mɛma me ho so, afei wɔbɛma me so. Moanyinsɛn wira dwaneɛ, morewo nkyɛnkyɛmma; mo ahome yɛ ogya a ɛbɛhye mo. Na aman bɛyɛ sɛ akaadoo a wɔahyeɛ, nkasɛɛnkasɛɛ a wɔatwa a wɔde agu ogya mu. Mo a mowɔ akyirikyiri, montie deɛ mayɛ, na mo a mobɛn, monhunu me mmaninyɛ. Sion mu nnebɔneyɛfoɔ ho popo, na ehu aka ahuhufoɔ: Yɛn mu hwan na ɔbɛtena ogya a ɛhye adeɛ ho? Yɛn mu hwan na ɔbɛtena daa gyadɛreɛ mu? Deɛ ɔnam tenenee mu, na ɔka deɛ ɛtene, deɛ ɔkyiri apempensika, deɛ ɔtwe ne nsa na ansɔ anadwodeɛ mu, deɛ ɔsisi n’aso na ante mogya ho asɛm, na ɔmua n’ani na anhunu bɔne, ɔno na ɔbɛtena sorɔnsorɔmmea, abotan aban bɛyɛ no dwanekɔbea, wɔde n’aduane bɛma no, ne nsuo remmɔ no da. W’ani bɛhunu ɔhene n’ahoɔfɛ mu, ɛbɛhunu asase a ɛtrɛ tɛtrɛtɛ. W’akoma bɛdwene ahudeɛ no ho: Deɛ ɔrekan no wɔ he? Deɛ ɔrekari no wɔ he? Deɛ na ɔkan abantenten no wɔ he? Worenhunu aniɛdenfoɔ, ɔman a wɔn kasa mu dɔ a wɔnteɛ, na wɔpɔtɔ a wɔnte aseɛ. Hwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuro no! W’ani bɛhunu Yerusalem, efie a ɛyɛ komm, ntomadan a ɛntwe nkorɔ a wɔrentutu ne mpɛɛwa da biara da na ne ntampehoma biara renteteɛ no. Na mmom AWURADE bɛtena hɔ ama yɛn, tumidie mu; kuro a ɛho wɔ asuo akɛseɛ ne nsuwansuwa, ntabono ahyɛmma biara renkɔ mu, na ahyɛn akɛseɛ rentwam wɔ hɔ. Na AWURADE ne yɛn temmufoɔ, AWURADE ne yɛn mmarahyɛfoɔ, AWURADE ne yɛn hene, ɔno na ɔbɛgye yɛn nkwa. Wo ntampehoma mu ago, ɛntumi nsosɔ ne hyɛn dua mu, na ɛntrɛ hyɛn ntoma mu. Ɛno na wɔbɛkyɛ asadeɛ a wɔafa no bebree mu, mpakye mpo bɛfom adeɛ afa. Na ɔmanfoɔ no mu biara renka sɛ: Mahodwo! Ɔman a wɔte mu no, wɔde wɔn amumuyɛ bɛfiri wɔn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Amanaman, montwe mpini mmɛtie, na mo, nkurɔfoɔ, monwɛn mo aso. Asase ne ne mayɛ ntie, wiase ne deɛ ɛfiri mu ba nyinaa. Na AWURADE abohuro bɛba amanaman nyinaa so, na abufuhyeɛ aba wɔn dɔm nyinaa so, wadome wɔn de wɔn ama okum. Na wɔn atɔfoɔ no, wɔbɛto wɔn agu, na wɔn afunu ayi hwa kankan, na wɔn mogya atene wɔ mmepɔ so. Na ɔsoro asafo nyinaa bɛporɔ, na wɔabobɔ ɔsoro sɛ nwoma, na n’asafo nyinaa apo, sɛdeɛ obobe so ahahan poɔ anaasɛ borɔdɔma so deɛ poɔ no. Na m’afena anom amee wɔ soro; hwɛ, ɛsiane ba Edom so, ɛreba me nnome man no so abɛbu atɛn. Mogya ara nko adue AWURADE afena, sradeɛ afɔre ho, nnwammaa ne mpapo mogya, adwennini sawa ho sradeɛ, na AWURADE wɔ okum afɔdeɛ wɔ Bosra ne okunkɛseɛ wɔ Edom asase so. Na okoo ne wɔn bɛbom ahwehwe fam, ɛne anantwie ne anantwinini akɛseɛ, na wɔn asase bɛboro mogya, na sradeɛ ayɛ wɔn dɔteɛ sɔɔsɔɔ. Na AWURADE wɔ aweretɔ da ne ananmuhyɛ afe a ɔbɛdi ama Sion. Na Edom nsuwansuwa bɛdane aman, na ne dɔteɛ nso adane sɔfe, na n’asase no ayɛ aman a ɛdɛreɛ; ɛrennum anadwo ne awia, ne wisie bɛpunu akɔsi daa, na ayɛ amamfo, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, na obiara remfa hɔ bio koraa; na akorɔma ne kɔtɔkɔ na wɔbɛfa, na patuo ne anene atena hɔ. Na ɔbɛsa so sakasakayɛ homa, na amamfoyɛ sumpii boɔ asɛne so. Na wɔbɛfrɛ hɔ sɛ, Ahennie Biara Nni Hɔ, na n’asafohene nyinaa bɛyera. Nkasɛɛ bɛfu n’aban afɛfɛ mu, na nsansono ne hwerɛmo afu n’abandenden mu, na ayɛ ɛserɛ so kraman tenabea ne nsohori adidibea. Na ɛserɛ so mmoa ne nkuntumpaa bɛhyia hɔ, na sasabonsam asu afrɛ ne mfɛfoɔ; ɛhɔ nso na anadwoboa bɛtena, na wanya ɔhome. Ɛhɔ na ɔpatuo bɛyɛ ne buo, na wato abutu so ahwane, na waboaboa ne mma ano wɔ ne nwunu mu, na asansa nso aboaboa wɔn ano wɔ hɔ, obiara ne n’atipɛnsoɔ. Monhwehwɛ AWURADE nwoma no mu nkenkan: Yeinom mu baako mpo renyera, ebi tiafoɔ remmɔ no, na AWURADE ano na ahyɛ, na ne honhom na aboa ano. Na ɔno na watwe tonto de ama wɔn, na ne nsa de susuhoma akyɛ ama wɔn, sɛ wɔnni so nkɔsi daa, na wɔntena so, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛserɛ so ne nkyɛkyerɛ bɛnya anika, na anwea pradada adi ahurisie, na ahane sɛ nhyerɛne; nhyerɛne ara na ɛbɛguo, ahosɛpɛ ne osebɔ mu ara na ɛbɛdi ahurisie; wɔde Lebanon animuonyam bɛma no, Karmel ne Saron nso bɛnya wɔn tumi, wɔn na wɔbɛhunu AWURADE animuonyam, yɛn Nyankopɔn tumi no. Monhyɛ nsa a ayɛ bɛtɛɛ den, mommia nkotodwe a agoɔ mu; monka nkyerɛ wɔn a wɔn akoma atuo sɛ: Monhyɛ mo ho den, monnsuro, hwɛ, mo Nyankopɔn nie! ɔde aweretɔ, Nyankopɔn ananmuhyɛ na ɛreba. Ɔno na ɔreba abɛgye mo nkwa! Ɛno na anifirafoɔ ani bɛbue, na asotifoɔ aso abue; ɛno na apakye bɛhuri sɛ ɔforoteɛ, na emum tɛkyerɛma ato ahurisie dwom, na nsuo bɛtue ɛserɛ so, na nsuwansuwa asene anwea pradada so; na kumaforoteɛ bɛdane ɔtareɛ, na asase pɛsɛɛ ayɛ nsuwansuwa; na ɛserɛ so kraman tenabea a wɔbutuiɛ no, ewira bɛfifiri ayɛ sɛ demmire ne mmɛwa. Na tempɔn ne kwan bɛda hɔ, na wɔbɛfrɛ no Ɔkwan Kronkron; deɛ ne ho nteɛ remfa so, na ɛno na wɔde bɛma wɔn; nkwaseafoɔ mpo remfom kwan wɔ so. Gyata biara remma hɔ, na aboa adufudepɛfoɔ biara rensi so; wɔrenhunu bi wɔ hɔ, wɔn a wɔagye wɔn na wɔbɛfa soɔ. Wɔn a AWURADE apono wɔn no bɛsane aba, na wɔde nnwontoɔ aba Sion; na daa anigyeɛ bɛtena wɔn atifi, ahosɛpɛ ne anigyeɛ bɛka wɔn nsa, na awerɛhoɔ ne apinisie adwane.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛbaa sɛ Ɔhene Hesekia afe a ɛtɔ so dunan mu no, Asiriahene Sanaherib tu baa Yuda nkuro a ɛyɛ den nyinaa so bɛfae. Na Asiriahene somaa Rabsake no firii Lakis baa Yerusalem Ɔhene Hesekia nkyɛn, na ɔde dɔm a emu yɛ duro bae; na ɔbɛgyinaa atifi tareɛ a ɛwɔ ntomasifoɔ asasewa tempɔn no soɔ no suka ho. Na Hilkia ba Eliakim a na ɔdi efie no soɔ, ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna, Asaf ba Ɔsɛnkafoɔ Yoa firii adi kɔɔ ne nkyɛn. Na Rabsake no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔka nkyerɛ Hesekia sɛ: Sɛdeɛ ɔhenkɛseɛ, Asiriahene no seɛ nie: Ɛdeɛn koraa na wode wo ho to soɔ yi? Wosusu sɛ anosɛm hunu yɛ akodie ho nyansa ne mmaninyɛ? Na afei, hwan so na wode wo ho toɔ na woate me so atua yi? Hwɛ, wode wo ho ato Misraim so, demmire a abuo a sɛ obi twere no a ɛwɔ ne nsam hwire mu no: Saa na Misraimhene Farao te ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ nyinaa. Na sɛ wose me sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn so na yɛde yɛn ho toɔ a, ɛnyɛ ɔno na Hesekia ayi ne sorɔnsorɔnbea ne n’afɔrebukyia, na waka akyerɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: Afɔrebukyia yi anim na monsɔreɛ no? Na afei, wo ne me wura, Asiriahene, nto nkyea ɛ, na mɛma wo apɔnkɔ mpemmienu, sɛ wobɛtumi ama nnipa atenatena wɔn so anaa? Na nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ nti, wode wo ho akɔto Misraim soɔ yi, wobɛyɛ dɛn na woapam me wura nkoa nketewa yi mu safohene baako? Na afei, mekwatii AWURADE na mebaa asase yi so sɛ merebɛsɛe no anaa? AWURADE na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Tu kɔ asase yi so kɔsɛe no. Ɛnna Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ Rabsake no sɛ: Yɛsrɛ wo, ɛne wo nkoa nkasa Aramaik kasa mu, na yɛn deɛ, yɛte, na nkasa Yuda kasa nkyerɛ yɛn, mma nkurɔfoɔ a wɔboa ɔfasuo soɔ no nnte. Na Rabsake no se: Me wura asoma me sɛ memmɛka nsɛm yi nkyerɛ wo wura ne wo, ne mpo mmarima a wɔtete ɔfasuo soɔ yi a, wɔadome wɔn sɛ wɔbɛdi wɔn ara wɔn sɛbeɛ na wɔbɛnom wɔn dwonsɔ sɛ mo. Ɛnna Rabsake no gyinaeɛ, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu Yuda kasa mu sɛ: Montie ɔhenkɛseɛ, Asiriahene no asɛm! Sɛ ɔhene seɛ nie: Mommma Hesekia nnaadaa mo, na ɔrentumi nnye mo; nso mommma Hesekia mmma mommfa mo ho nnto AWURADE so sɛ: Gyeɛ ara na AWURADE bɛgye yɛn, wɔremfa kuro yi nhyɛ Asiriahene nsa. Monntie Hesekia! Na sɛ Asiriahene seɛ nie: Mo ne me nni asomdwoeɛsɛm, na momfiri mmra me nkyɛn; ɛno na mo mu biara bɛdi ɔno ara ne bobe, ne ɔno ara ne borɔdɔma na wanom ɔno ara n’abura mu nsuo akɔsi sɛ mɛba mabɛfa mo akɔ asase a ɛte sɛ mo asase yi soɔ, ayuo ne nsa asase, aduane ne bobe nturo asase. Na mommma Hesekia nnto mo tɛkyerɛmakyene sɛ: AWURADE bɛgye yɛn: Amanaman anyame mu biara agye n’asase afiri Asiriahene nsam pɛn anaa? Ɛhe na Hamat ne Arpad anyame no wɔ? Ɛhe na Sefarwaim anyame no wɔ, wɔagye Samaria afiri me nsam? Nsase yi anyame nyinaa mu hwannom na wɔagye wɔn asase afiri me nsam, na AWURADE rebɛgye Yerusalem afiri me nsam? Na wɔyɛɛ komm, na wɔammua no asɛm biara, ɛfiri sɛ ɔhene asɛm a ɔhyɛeɛ ne sɛ: Mommmua no! Ɛnna Hilkia ba Eliakim a ɔdi efie no soɔ no, ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna ne Asaf ba Ɔsɛnkaefoɔ Yoa de wɔn ntadeɛ a wɔasusuane mu baa Hesekia nkyɛn bɛkaa Rabsake no nsɛm no kyerɛɛ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛbaa sɛ Ɔhene Hesekia teeɛ no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔfiraa ayitoma, na ɔsii mu kɔɔ AWURADE fie. Na ɔsomaa Eliakim a ɔdi efie no soɔ no ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna ne asɔfoɔ no mu mpanin a wɔfirafira ayitoma kɔɔ Amos ba Odiyifoɔ Yesaia nkyɛn, na wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Hesekia seɛ nie: Ahohiahia ne asotwe ne abususɛnka da ne nnɛ, na mma aduru awotwaa ano, na ahoɔden nni hɔ a wɔde bɛwo wɔn. Ebia AWURADE wo Nyankopɔn bɛte Rabsake no a ne wura Asiriahene asoma no sɛ ɔmmɛsopa Onyankopɔn teasefoɔ no nsɛm no, na nsɛm a AWURADE wo Nyankopɔn ateɛ no nti, watwe n’aso; enti ma wo mpaebɔ so ma nkaeɛ a wɔwɔ hɔ no. Na Ɔhene Hesekia nkoa no baa Yesaia nkyɛn, na Yesaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ monka nkyerɛ mo wura nie: Sɛdeɛ AWURADE seɛ nie: Nsuro nsɛm a woteeɛ a Asiriahene nkoa de abɛya me no. Hwɛ, me na mede honhom bi bɛhyɛ ne mu, na wate asɛm bi, na wasane akɔ n’asase so, na mama no atɔ nkrantɛ ano, n’asase so. Na Rabsake no sanee, na ɔkɔtoo Asiriahene sɛ ɔne Libna reko, na wate sɛ watu afiri Lakis. Na ɔtee Etiopiahene Tirhaka nka sɛ: Watu ne wo rebɛko. Na ɔteeɛ no, ɔsomaa abɔfoɔ baa Hesekia nkyɛn sɛ: Sɛ monkɔka nkyerɛ Yudahene Hesekia nie: Mma wo Nyankopɔn a wode wo ho to ne soɔ no nnaadaa wo sɛ: Wɔremfa Yerusalem nhyɛ Asiriahene nsa. Hwɛ, wo ara woate deɛ Asiria ahemfo ayeyɛ nsase nyinaa asɛe wɔn pasapasa no, na wo na wɔbɛyi woɔ anaa? Amanaman a m’agyanom asɛe wɔn no anyame no gyee wɔn? Gosan, Haran, Resef ne Edenfoɔ a wɔwɔ Talasar no? Ɛhe na Hamathene ne Arpadhene ne Sefarwaim kuro ne Hena ne Iwahene no wɔ? Na Hesekia gyee nwoma no abɔfoɔ no nsam, na ɔkenkanee, na ɔforo kɔɔ AWURADE fie; na Hesekia trɛɛ mu AWURADE anim. Na Hesekia bɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ: Asafo AWURADE Israel Nyankopɔn a wote Kerubim soɔ, wo nko ne Onyankopɔn, asase so ahennie nyinaa so; wo na woyɛɛ ɔsoro ne asase. Brɛ w’aso ase, AWURADE, na tie! Bue w’ani, AWURADE, na hwɛ! na tie Sanaherib nsɛm a wasoma de abɛsopa Onyankopɔn teasefoɔ no nyinaa. Ɛwom, AWURADE, Asiria ahemfo asɛe aman no nyinaa ne wɔn nsase, na wɔatoto wɔn anyame agu ogya mu, ɛfiri sɛ wɔnyɛ anyame, na ɛyɛ onipa nsa ano adwuma, dua ne ɔboɔ nko, na wɔasɛe wɔn. Na afei, AWURADE, yɛn Nyankopɔn, gye yɛn firi ne nsam, na asase so ahennie nyinaa nhunu sɛ wo nko ne AWURADE. Ɛnna Amos ba Yesaia soma maa wɔkɔɔ Hesekia nkyɛn sɛ: Sɛdeɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Deɛ wobɔɔ me ɛho mpaeɛ wɔ Asiriahene Sanaherib ho no, yei ne asɛm a AWURADE aka ne ho: Ɔbaabunu Sion babaa no bu w’animtia si wo atwetweɛ; w’akyiri na Yerusalem babaa rewoso ne tire. Hwan na woasopa no na woaya no? Na hwan so na woama wo nne soɔ na wɔama w’ani atra wo ntɔn? Wode atia Israel Kronkronni no. Wonam wo nkoa so asopa AWURADE aka sɛ: Mede me nteaseɛnam dodoɔ maforo makɔ mmepɔ atifi, Lebanon mu nohoa tɔnn; na matwitwa ne ntweneduro atentene ne ne pepeaa a ɛyɛ fɛ no agu, na makɔ makɔduru ne mmepɔ a ɛwɔ akyirikyiri no so, ne ne kwaeɛbirentuo mu. Me na matutu mmura manom emu nsuo, na mede me nammuromu wee Misraim nsubɔntene nyinaa. Wonteeɛ sɛ mehyɛ metoo hɔ akyɛ, tete mmerɛ mu na mehyehyɛɛ no saa? Afei na mama no aba mu, sɛ ma afasuo mu nkuro no nnanedane akurofo akuakuo, na emufoɔ a wɔahodwo no ho adwiri wɔn, na wɔn ani awu na wɔadanedane sɛ mfofowa so nhahan ne wira mono, adan atifi wira ne ayuo a ɛnnya mmaa ne ho soɔ na adwan. Na menim w’asetena ne korɔ ne ne ba ne dam a wobɔ no me soɔ no. Ɛsiane sɛ wobɔ me so dam na wo dwɛɛbɔ aforo abɛduru m’aso mu nti, mede me kaa bɛhyɛ wo hwenem na mede me manniamfrɛ ato w’anomu, na masane wo afa kwan a wonam so baeɛ no so akɔ. Na yei nyɛ wo nsɛnkyerɛnneɛ: Afe yi mu, monni ntwakaeɛ a ɛfifiriiɛ, na afe a ɛtɔ so mmienu no mu moadi deɛ ɛbɛfifiri akyire aba no, na afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, mongu na montwa, na montɛ bobe nturo, na monni mu aba. Na Yuda fie mu nkaeɛ a wɔafiri mu afire no, wɔbɛgye nhini bio, na wɔaso aba; na Yerusalem na nkaeɛ bi bɛfire, na wɔn a wɔafiri mu afire no afiri Sion bepɔ so, asafo AWURADE ninkuntwe na ɛbɛyɛ yei. Enti sɛdeɛ AWURADE ka no Asiriahene ho nie: Ɔremma kuro yi mu, na ɔrento agyan mma ha, na ɔremfa ɛkyɛm mmɛhyia no, na ɔrenhɔre epie ntia no. Ɔkwan a ɔnam so baeɛ no so na ɔnam bɛsane akorɔ, na kuro yi deɛ, ɔrenhyɛne mu, AWURADE na ɔseɛ. Na mɛwa kuro yi agye no, me ara ne m’akoa Dawid ntira. Ɛnna AWURADE bɔfoɔ firi kɔkumm Asiria nsraban mu nnipa mpemha aduɔwɔtwe nnum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, wɔn nyinaa yɛ afunu. Na Asiriahene Sanaherib tu sii mu sanee, na ɔkɔtenaa Ninewe. Na ɔresɔre wɔ ne nyame Nisrok fie no, ne mma Adramelek ne Sareser de nkrantɛ kumm no, na wɔfirii mu dwane kɔɔ Ararat asase so; na ne ba Esar-Hadon sii n’ananmu dii hene.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Nna no mu no, Hesekia yaree owuyareɛ, na Amos ba Odiyifoɔ Yesaia baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hyɛ wo fie nsamanseɛ, na worebɛwu, na worennya nkwa. Ɛnna Hesekia danee n’ani kyerɛɛ ɔfasuo, na ɔbɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ: Ao, AWURADE, kae sɛdeɛ manante w’anim nokorɛ mu, ne akoma a ɛdi mu mu, na mayɛ deɛ ɛyɛ w’ani so. Na Hesekia suu esu kɛseɛ. Ɛnna AWURADE asɛm baa Yesaia nkyɛn sɛ: Kɔ na kɔka kyerɛ Hesekia sɛ: Sɛdeɛ AWURADE, w’agya Dawid Nyankopɔn, seɛ nie: Mate wo mpaebɔ, mahunu wo nisuo; hwɛ, mede mfeɛ dunum bɛto wo nna so, na mɛgye wo ne kuro yi afiri Asiriahene nsam, na mabɔ kuro yi ho ban. Na yei nyɛ wo AWURADE nsam nsɛnkyerɛnneɛ, sɛ AWURADE bɛyɛ adeɛ a waka no: Hwɛ, merebɛsane owia dɔn so sunsum a owia ma no sianee Ahas owia dɔn soɔ no mama no akɔ akyire nkyekyɛmu du. Na owia sanee n’akyi owia dɔn no so nkyekyɛm du a asiane dada no. Yudahene Hesekia nsɛm a ɔyareeɛ, na ɔnyaa ne yadeɛ mu nkwa no, ɔtwerɛɛ nie: Me deɛ, mekaa sɛ: Me nna mu kommyɛ mu na merekɔ Asamando aboboano, wɔregye me nsam me mfeɛ nkaeɛ. Mese: Merenhunu AWURADE bio, wɔ ateasefoɔ asase so; merenhunu nnipa bio, wɔn a wɔte wiase no mu. Wɔayi me tenabea ma no afiri me ho kɔ sɛ odwanhwɛfoɔ ntomadan, mebobɔ me nkwa sɛ ɔtomanwomfoɔ; anka ɔrebɛtwa me afiri asadua no mu: Worewie me da koro adesaeɛ. Mesui pɛɛ mmoa kɔsii anɔpa, ɔbubuu me nnompe nyinaa sɛ gyata: Worewie me da koro adesaeɛ. Mesii apini sɛ asomfenakatakyi, sɛ asukɔnkɔn, medii abooboo sɛ aburuburo; m’aniwa yɛɛ siamoo hwɛɛ ɔsoro sɛ: O AWURADE, me ho kyere me, di ma me! Menka sɛn? Waka akyerɛ me na ɔno ara ayɛ. Me nna nyinaa afiri m’ani so, me kra awerɛhoɔ no nti. O AWURADE, ɛno so na nnipa nam tena aseɛ, na ɛno nkutoo mu na me honhom nkwa wɔ, ɛnneɛ na ma me ho nsane, na ma mennya nkwa. Hwɛ, me yiedie nti, mehunuu amaneɛ pii; na woayi me kra afiri ɔsɛeɛ amena mu de afam wo ho, ɛfiri sɛ wotoo me bɔne nyinaa guu w’akyi. Na Asamando rentumi nna wo ase, na owuo rentumi nkamfo wo. Wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no ntwɛn wo nokorɛ; ɔteasefoɔ, ɔteasefoɔ, na ɔda wo aseɛ, sɛdeɛ meyɛ nnɛ yi; agya ma ne mma nhunu wo nokorɛ. AWURADE bɛgye me nkwa, na yɛbɛbɔ nsankuo yɛn nkwa nna nyinaa, wɔ AWURADE fie. Nso Yesaia kaa sɛ wɔmfa borɔdɔma ɛtoa ntare mpɔmpɔ no so, na ɔbɛnya ahoɔden. Na Hesekia nso bisaa sɛ: Ɛdeɛn ne nsɛnkyerɛnneɛ sɛ mɛkɔ AWURADE fie?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛberɛ no mu no, Babelhene Merodak-Baladan a ɔyɛ Baladan ba soma maa wɔde nwoma ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ Hesekia, ɛfiri sɛ ɔtee sɛ ɔyaree na ne ho ayɛ no den. Na Hesekia nyaa wɔn ho anigyeɛ, na ɔkyerɛɛ wɔn n’adekoradan, dwetɛ ne sika, ne nnuhwam ne ngo pa, ne n’akodeɛdan nyinaa ne deɛ wɔhunu no n’adekora adan mu nyinaa; biribiara nni ne fie ne n’ahemman mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn. Ɛnna Odiyifoɔ Yesaia baa Ɔhene Hesekia nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛn na nnipa yi seɛ, na ɛhe na wɔfiri baa wo nkyɛn yi? Na Hesekia se: Wɔfiri akyirikyiri asase bi so na wɔbaa me nkyɛn, wɔfiri Babel. Na ɔbisaa sɛ: Ɛdeɛn na wɔahu no wo fie? Na Hesekia se: Deɛ ɛwɔ me fie nyinaa, wɔahunu, biribiara nni m’adekoradan mu a mamfa mankyerɛ wɔn. Ɛnna Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ: Tie asafo AWURADE asɛm: Hwɛ, nna bi reba a wɔbɛsoa deɛ ɛwɔ wo fie nyinaa ne deɛ w’agyanom akora de abɛduru nnɛ yi akɔ Babel; biribiara renka, AWURADE na ɔseɛ. Na wo ara wo mma a woawo wɔn no mu binom, wɔbɛfa wɔn na wɔakɔyɛ Babel hene aban mu ayitotofoɔ. Ɛnna Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: AWURADE asɛm a woaka no, ɛyɛ. Ɛfiri sɛ ɔtee aseɛ sɛ, asomdwoeɛ ne ɔmannwoeɛ bɛba me berɛ so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Monkyekyere, monkyekyere me man werɛ! mo Nyankopɔn na ɔseɛ. Monka abodwosɛm nkyerɛ Yerusalem, na mommɔ no kaseɛ sɛ n’akodie asa, sɛ wɔde ne mfomsoɔ akyɛ, sɛ ne bɔne nyinaa ho wanya AWURADE nsam mmɔho. Obi nne team sɛ: Mommɔ AWURADE kwan, wɔ ɛserɛ so, montene anwea pradada so tempɔn mma yɛn Nyankopɔn. Wɔbɛma mmonhwa nyinaa so, na wɔbɛbrɛ mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa ase. Na deɛ ɛyɛ afuafu bɛyɛ asaseta, na mmonkyimmɔnka ayɛ tonomtonom. Na AWURADE animuonyam bɛyi ne ho adi, na honam nyinaa abom ahunu, ɛfiri sɛ AWURADE ano na aka. Ɛnne bi se: Team! Na mebisaa sɛ: Menteam sɛn? Honam nyinaa yɛ wira, na ne papa nyinaa te sɛ wiram nhwiren. Nwira dwan, na nhwiren twam, na AWURADE home hu fa so. Ampa, ɔman no yɛ wira. Nwira dwan, na nhwiren twam, na yɛn Nyankopɔn asɛm bɛtim hɔ daa. Foro kɔ bepɔ a ɛkorɔn soɔ, O, Ɔsɛmpakafoɔ Sion. Ma wo nne so ahoɔden so, O Ɔsɛmpakafoɔ Yerusalem. Ma so, nsuro; ka kyerɛ Yuda nkuro sɛ: Hwɛ, mo Nyankopɔn nie! Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn de tumi reba, na ne basa bɛdi nim ama no. Hwɛ, n’akatua ka ne ho, na n’ananmuhyɛ di n’anim. Ɔbɛyɛne ne nnwankuo sɛ odwanhwɛfoɔ, ɔbɛturu nnwammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nnwan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛɛ. Hwan na ɔde ne nsayam susu nsuo, na ɔto ɔsoro saama, na ɔde susukoraa hyɛ asase so mfuturo, na ɔkari mmepɔ nsania mu ne nkokoɔ nsania nkoraa mu? Hwan na ɔtenetene AWURADE honhom, na ɔfotufoɔ bɛn na ɔmaa no hunuu adeɛ? Ɔne hwan na atu agyina, na wama no ahunu biribi, na wakyerɛkyerɛ no atemmuo kwan, na wakyerɛ no nimdeɛ, na wama no ahunu nhunumu kwan? Hwɛ, amanaman te sɛ bokiti ho nsukoko a ɛresosɔ, na wɔbu wɔn sɛ nsania mu mfuturo bi. Hwɛ, ɔmema mmepɔ so sɛ mfuturo muhumuhu. Na Lebanon nnɔɔso mma ɔhyeɛ, na ne mmoadoma renso ɔhyeɛ afɔdeɛ. Amanaman nyinaa nyɛ hwee n’anim; ɔbu wɔn sɛ adeɛ a ɛnyɛ hwee ne adehunu. Na hwan ho na mode Onyankopɔn bɛtoɔ, na suban bɛn na mode bɛsusu no? Ohoni deɛ, odwumfoɔ na ɔguo, na sikadwumfoɔ de sika adura ho, na ɔde dwetɛ ntweaban gugu ho; deɛ ayɛyɛdeɛ abɔ no no yi dua a ɛmporɔ; ɔhwehwɛ odwumfoɔ nyansafoɔ fa, na wasene ohoni a ɛnkeka ne ho. Monhunui anaa? Montee anaa? Wɔmfirii mfitiaseɛ nka nkyerɛɛ mo anaa? Ɛfiri asase nnyinasoɔ so, montee biribiara asase aseɛ anaa? Ɔno na ɔte asase kɔntɔnkrɔn soɔ, na ɛsotenafoɔ te sɛ ntutummɛ; ɔno na ɔtrɛ soro mu sɛ twamtam, na ɔyere mu sɛ ntomadan a wɔtena mu; ɔno na ɔma aberempɔn yɛ sɛdeɛ wɔnyɛ hwee, ɔdane asase so atemmufoɔ sɛ ahuhudeɛ. Wɔtɛɛ wɔn ara pɛ, wɔduaa wɔn ara pɛ, wɔn dua gyee asase mu nhini ara pɛ, na wahu afa wɔn so ama wɔakusa na ahum asoa wɔn kɔ sɛ ntɛtɛ. Na hwan ho na mode me bɛtoɔ na me ne no asɛ? Ɔkronkronni no na ɔseɛ. Momma mo ani so nhwɛ soro, na monhwɛ deɛ ɔbɔɔ yeinom! Ɔno na ɔbu wɔn dɔm ano yi wɔn adie, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodoɔ ne n’ahoɔden kɛseɛ nti, obiara nyera. Adɛn nti na, Yakob, woka, na Israel, wokasa sɛ: Me kwan ahunta AWURADE, na me Nyankopɔn abu n’ani agu m’atemmuo so? Adɛn wonhunui? Adɛn wonteeɛ? AWURADE yɛ daa Nyankopɔn, ɔno na ɔbɔɔ asase awieeɛ no. Ɔmmrɛ, na ɔmpa aba; ne nhunumu mu nni ahwehwɛeɛ. Ɔno na ɔma deɛ wabrɛ tumi, na ɔma deɛ ɔnni home ahoɔden dɔɔso. Mmabunu mpo brɛ, na wɔpa aba, na mmeranteɛ hwehwe ase; na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no deɛ, wɔbɛnya ahoɔden foforɔ, wɔde ntaban bɛforo sɛ akɔdeɛ, wɔbɛtu mmirika, na wɔmmrɛ, wɔbɛnante, na wɔnntɔ piti.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mpoano aman, mommua mo ano ntie me, na aman nhyɛ wɔn ho den foforɔ. Ma wɔmpinkyɛ mmɛkasa, momma yɛmmom nhyia asɛnniiɛ. Hwan na ɔnyane deɛ ɔfiri apueeɛ no a tenenee hyia no baabiara a ɔnam? Ɔde amanaman gu n’anim, na ɔde ahemfo hyɛ n’ase. N’afena ma wɔyɛ sɛ mfuturo, ne tadua yɛ wɔn sɛ ntɛtɛ a ɛbɔ guo; ɔti wɔn na ɔtwam sɔnn, ɔkwan a ne nan nsii so da so. Hwan na ɔyɛeɛ, na ɔmaa no baeɛ, na ɔfrɛ awoɔ ntoatoasoɔ firi mfitiaseɛ? Ɛyɛ me AWURADE a meyɛ kannifoɔ, na awieeɛ nso, mene ɔno ara. Nsuano aman hunui, na wɔsuroe, asase awieeɛ ho popoe; wɔpinkyɛe na wɔbae. Oyi boa ne yɔnko, na oyi ka kyerɛ ne nua sɛ: Hyɛ wo ho den! Odwumfoɔ hyɛ sikadwumfoɔ den, deɛ ɔde saeɛ tonomtonom ho yɛ deɛ ɔbɔ tommoɔ soɔ saa ara, ɔka wɔ ɛsɔ no ho sɛ: Ayɛ yie, na ɔde nnadewa bobɔ mu na antu. Na wo, m’akoa Israel, Yakob a mayi no, me dɔfo Abraham asefoɔ! Wo a masɔ wo mu afiri asase ano na mafrɛ wo afiri n’ahyeɛ so aba, na maka makyerɛ wo sɛ: M’akoa ne wo, mayi wo, na merento wo mentwene! Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma w’akoma nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me tenenee nifa mekura wo mu. Hwɛ, wɔn a wɔn bo afu woɔ nyinaa ani bɛwu na wɔasopa, na nnipa a wɔne wo anya no bɛyɛ sɛdeɛ wɔnyɛ hwee, na wɔayera. Wɔn a wɔne wo ham no, wobɛhwehwɛ wɔn, nanso worenhu wɔn; na wɔn a wɔne wo di ako no bɛyɛ sɛdeɛ wɔnyɛ hwee, na wɔasa. Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, mekura wo nifa mu; me na mese wo sɛ: Nsuro, me ara mɛboa wo! Nsuro, aboawa Yakob, ne mo Israel mma! Me ara mɛboa wo, AWURADE na ɔkaeɛ, na wo Gyefoɔ ne Israel Kronkronni no. Hwɛ, mede wo bɛyɛ ɔporeɛ afidie nnamnnam, foforɔ, anofanu, na woapore mmepɔ ayam wɔn dukuduku, na woayɛ nkokoɔ sɛ ntɛtɛ. Wobɛhu wɔn so, na mframa asoa akɔ, na ahum abɔ apete. Na wo deɛ, wobɛdi AWURADE mu ahurisie de Israel Kronkronni no ahyehyɛ wo ho. Mmɔborɔfoɔ ne ahiafoɔ a wɔhwehwɛ nsuo a ebi nni hɔ na sukɔm nti wɔn tɛkyerɛma so awoɔ no, me, AWURADE mɛgye wɔn so, me, Israel Nyankopɔn, merennya wɔn. Mɛtue mpampa pradaa so nsuwansuwa ne mmonhwa mu nsuo aniwa; mede serɛ so mɛyɛ tadeɛ, na mede asase pɛsɛɛ mayɛ asutire; mɛma ntweneduro, okuo, ohwamma ne ngo nnua aba ɛserɛ so; mɛma pepeaa, asɛsɛ ne kwabɔhorɔ abom asisi anwea pradada so, na nnipa ahunu, ate aseɛ, de asie akoma mu na wɔadwene ho prɛko sɛ: AWURADE nsa na ɛyɛɛ yei, na Israel Kronkronni no na ɔbɔeɛ. Momfa mo asɛm mmra, AWURADE na ɔseɛ, mommɛkyerɛ mo nsɛm ase, Yakob hene na ɔseɛ. Wɔmfa mpinkyɛ mmɛkyerɛ yɛn deɛ ɛbɛba. Monkyerɛ yɛn akane nnoɔma no sɛdeɛ ɛteɛ, na yɛnnwene ho nhunu n’awieeɛ, anaa deɛ ɛbɛba no, momma yɛnte. Monka deɛ ɛbɛba daakye no nkyerɛ yɛn na yɛnhunu sɛ anyame ne mo; aane, monyɛ papa anaa bɔne, na yɛn ho nnwiri yɛn na yɛnsuro. Hwɛ, monyɛ hwee, na mo nneyɛɛ yɛ adehuhuo; akyiwadeɛ ne deɛ ɔfa mo. Mahwanyan obi afiri atifi fam ama no aba, awiapuebea na ɔbɛfiri abɔ me din; na ɔbɛba amradofoɔ so sɛ anwommoɔ so, na ɔte sɛ ɔnwomfoɔ a ɔwɔ dɔteɛ. Hwan na ɔfiri mfitiaseɛ kaeɛ, na anka yɛnhunu, anaasɛ waka ato hɔ, na yɛnka sɛ: Ɔyɛ ɔnokwafoɔ? Ampa, deɛ ɔkaeɛ nni hɔ, deɛ ɔmaa wɔteeɛ nni hɔ, deɛ ɔtee mo nsɛm nni hɔ. Me na medii kan meka mekyerɛɛ Sion sɛ: Hwɛ, wɔn nie: Na Yerusalem na memaa no ɔsɛmpakafoɔ. Na mehwɛeɛ, na obiara nni hɔ, na wɔn mu nso, ɔfotufoɔ nni hɔ a mebisa a, anka ɔbɛbua me. Hwɛ, wɔn nyinaa yɛ ɔkwa, wɔn nneyɛɛ nyɛ hwee; wɔn guo ahoni yɛ mframa ne ahuhudeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden nie, deɛ mayi no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu ne so; ɔde atemmuo bɛfiri akɔ amanaman mu. Ɔrenteam na ɔremma ne nne so, na ɔremma wɔnte ne nne abɔntene so; demmire a ayɛ mmerɛ no, ɔremmu mu, na kanea mu asaawa a ɛrefiri wisie no, ɔrennum; nokorɛ mu na ɔbɛyi atemmuo adie. N’asɛm ano rennwo, na ɔrempa aba de bɛkɔ akɔsi sɛ ɔde atemmuo tenenee bɛsi asase soɔ, na mpoano aman bɛtwɛn ne mmara. Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie, deɛ ɔbɔɔ ɔsoro na ɔtrɛɛ mu, na ɔyerɛɛ asase ne so afifideɛ nyinaa, na ɔde ahome ma ɛso nkurɔfoɔ, na ɔde honhom ma wɔn a wɔnam soɔ no seɛ nie: Me, AWURADE, mafrɛ wo tenenee mu, na masɔ wo nsa, na makora wo, na mede wo mayɛ ɔman apam ne amanaman hann sɛ: Bue ani a afira, yi apokyerɛfoɔ firi afiase ne wɔn a wɔtete sum mu firi nneduadan mu. Mene AWURADE, me din ne no, na meremfa m’animuonyam mma obi, na m’ayeyie nso, meremfa mma ahoni. Akane deɛ no, hwɛ, aba mu, na nnoɔma foforɔ na merekyerɛ, ɛnnya mfifiriiɛ yi merema moate. Monto dwom foforɔ mma AWURADE, momfiri asase ano nto n’ayeyie dwom; mo a mokɔ ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa aseɛ, nsuo ano aman ne wɔn a wɔtete soɔ. Anwia pradada so ne ɛso nkuro mma wɔn nne so, nkurowa a Kedar te soɔ no; ma wɔn a wɔte Sela nto ahurisie dwom, wɔmfiri mmepɔ atifi mmɔ ahosɛpɛ se. Ma wɔnhyɛ AWURADE animuonyam, na wɔnka n’ayeyie nsuo ano aman mu. AWURADE bɛfiri adi sɛ dɔmmarima, ɔbɛhwanyan n’abufuo mu sɛ ɔkofoni; ɔbɛhuro, ɔbɛbɔ ose; ɔbɛdi n’atamfo so mmaninsɛm. Mefiri muaa m’ano akyɛ, mayɛ komm, masianka me ho; afei mɛbom sɛ ɔwofoɔ a ɔrekyem; mɛhome foofoo, na magu ahome prɛko. Mɛma mmepɔ ne nkokoɔ atwintwam, na mama ɛso nhahan nyinaa adwinnwan; na madane nsubɔntene nsupɔ, na mawe ntadeɛ nyinaa. Na mɛgya anifirafoɔ wɔ ɔkwan a wɔnnim mu so, mɛma wɔanante atempɔn a wɔnnim soɔ so. Mɛma sum ayɛ hann wɔ wɔn anim, na deɛ ɛyɛ mmonkyimmɔnka no, mɛyɛ no tamaa. Adeɛ yei na mɛyɛ mama wɔn, na merennya wɔn. Na wɔn a wɔde wɔn ho ato abosom soɔ no, wɔbɛsane wɔn akyi, na wɔn ani bɛwu; wɔn a wɔka kyerɛ eguo ahoni sɛ: Mone yɛn anyame no. Asotifoɔ, montie! na anifirafoɔ, monhwɛ na monhunu! Hwan ani na afira sɛ m’akoa, hwan na n’aso asie sɛ me bɔfoɔ a mesoma no no? Hwan ani na afira sɛ deɛ ɔwɔ m’asomdwoeɛ apam mu, hwan na n’ani afira sɛ AWURADE akoa no? Wahunu nnoɔma pii, nso ɔnhwɛ, wɔabue n’aso, nso ɔnte asɛm. AWURADE ani sɔɔ ne tenenee nti, sɛ ɔbɛma mmara no ayɛ kɛseɛ na anya animuonyam. Nanso wɔyɛ ɔman a wɔatwa wɔn dwo, afom wɔn afa. Wɔama wɔakɔka ntokuro mu, wɔde wɔn ahunta nneduadan mu. Wɔatwa wɔn dwo a ɔgyefoɔ nni hɔ, wɔafom wɔn afa a deɛ ɔbɛka sɛ: Dane ma! nni hɔ. Mo mu hwan na ɔbɛyɛ yei ho aso, na wawɛn n’aso atie akyire yi? Hwan na ɔde Yakob maa adwotwa, na ɔde Israel maa afomfafoɔ? Ɛnyɛ AWURADE a yɛayɛ no bɔne no, na wɔampɛ sɛ wɔnante n’akwan mu, na wɔantie ne mmara no? Enti na ɔhwiee n’abufuhyeɛ ne akodie a ano yɛ den no guu ne soɔ, na ɔsɔɔ ne ho gya hyiaeɛ, nanso wanhunu, na ɛhyee no, nanso wamfa ansie n’akomam.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na afei, sɛdeɛ AWURADE a ɔbɔɔ woɔ, Yakob, na ɔnwonoo woɔ, O Israel, no ka nie: Nsuro, na magye wo, mabɔ wo din mafrɛ wo, woyɛ me dea. Sɛ woretwa nsuo a, me ne wo na ɛwɔ hɔ, na sɛ worefa nsubɔntene mu a, ɛremfa wo nkɔ. Sɛ wonam ogya mu a, ɛrenhye wo, na ogyaframa renhye wo. Na me, AWURADE, mene wo Nyankopɔn, Israel Kronkronni, wo gyefoɔ no. Mede Misraim ayɛ agyedeɛ ama wo, mede Etiopia ne Saba asi wo ananmu. Sɛ wosom boɔ m’ani so, w’anim aba nyam, na me na madɔ woɔ nti, mede nnipa bɛma asi wo ananmu, na mede aman bi asi wo kra ananmu. Nsuro, na me na me ne wo wɔ hɔ. Mede w’asefoɔ bɛfiri apueeɛ aba, na mafiri atɔeɛ maboa wo ano; mɛka makyerɛ atifi fam sɛ: Fa ma! Na maka makyerɛ anafoɔ fam sɛ: Mfa nkora! Fa me mmabanin firi akyirikyiri bra, ne me mmammaa firi asase ano, obiara a wɔbɔ me din frɛ no, na mebɔɔ no memaa m’animuonyam, menwonoo no na meyɛɛ no no. Fa ɔman a wɔyɛ anifirafoɔ nanso wɔwɔ ani no firi bra, ɛne asotifoɔ a wɔwɔ aso no. Amanaman nyinaa, monhyia faako, na aman ahodoɔ mmoa ano. Mo mu hwan na ɔbɛka yei, na akane nnoɔma no, wakyerɛ yɛn? Wɔmma wɔn adansefoɔ mmra, na wɔnni bem; anaa wɔnte, na wɔnka sɛ: Ɛyɛ nokorɛ! Mone m’adansefoɔ, AWURADE na ɔseɛ, ne m’akoa a mayi no no, sɛ monhunu na monnye me nni, na monhunu mu sɛ me ara mene no. Wɔnnwonoo onyame bi m’anim, na m’akyiri nso obiara remma. Me, mene AWURADE, na ɔgyefoɔ biara nni hɔ sɛ me! Me na maka, na magye nkwa, na mama wɔate, ɛberɛ a na onyame foforɔ bi nni mo mu; na mone m’adansefoɔ, AWURADE na ɔseɛ. Mene Onyankopɔn, na ɛfiri nnɛ nso Mene No, na obiara nni hɔ a ɔyi firi me nsam; mɛyɛ adeɛ, na hwan na ɔbɛdane ani? Sɛ AWURADE, mo Gyefoɔ, Israel Kronkronni no seɛ nie: Mo nti mɛsoma akɔ Babel, na mabubu adaban nyinaa, na mama Kaldeafoɔ ahurisidie adane adwotwa. Me, AWURADE, mene mo Kronkronni, Israel bɔfoɔ, mo hene no. Saa na AWURADE seɛ, deɛ ɔma ɛpo mu da ɔkwan na ɛsa da asuo a ɛyɛ den mu no, deɛ ɔmaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ, ɛdɔm ne nnɔmmarima firii adie no; wɔn nyinaa dedae, na wɔansɔre bio, wɔsae, wɔdunnumii sɛ asaawa. Monnkae akane nsɛm, na monnnwene atetedeɛ ho. Hwɛ, mereyɛ ade foforɔ bi, afei na ɛrefifire, monhunu? Mɛbɔ ɛserɛ so kwan, mɛma nsubɔntene aba anwea pradada so. Wiram mmoadoma bɛhyɛ me animuonyam, ɛserɛ so nkraman ne nsohori, sɛ mama nsuo aba ɛserɛ soɔ na nsubɔntene aba anwea pradada soɔ, na mede mama me man a mayi wɔn no anom, ɔman a manwono wɔn mafa no, na wɔaka m’ayeyie akyerɛ. Nanso ɛnyɛ me na wofrɛɛ me, O Yakob, na me ho ayɛ wo mfone, O Israel! Woammrɛ me wo hyeɛ afɔdeɛ nnwan, na woamfa w’afɔdeɛ anhyɛ me animuonyam; mamma woamfa aduane afɔdeɛ ansom me, na mamma woammrɛ ohwamfufuo ho; woamfa sika antɔ ahwedeɛ amma me, na woamma w’afɔdeɛ sradeɛ ammee me, na mmom wode wo bɔne yɛɛ me adesoa, na wode w’amumuyɛ maa mebrɛe. Me, me ara, mene deɛ ɔpepa wo mmarato, me ara me nti, na wo bɔne nso, merenkaeɛ. Kae me ɛ, na yɛmmɛbu atɛn; ka wo deɛ, na woadi bem. W’agya a ɔdi kan no ayɛ bɔne, na wo kasamafoɔ afomfom me, enti na mahura kronkronbea hɔ mmapɔmma no ho, na mayi Yakob mama mmusuo, na mede Israel mama adapaabɔfoɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na afei tie, O m’akoa Yakob ne Israel a mayi woɔ. Sɛ AWURADE a ɔyɛɛ woɔ, na ɔnwonoo wo firii yafunu mu, na ɔbɛboa woɔ no seɛ nie: Nsuro, m’akoa Yakob, ne Yesurun a mayi woɔ. Na mɛhwie nsuo agu asase a sukɔm de no no so, na nsuwansuwa agu asase pɛsɛɛ so; mɛhwie me honhom agu w’asefoɔ so, na me nhyira agu wo mma so. Na wɔbɛfifi sɛ asuo ho serɛ, sɛ nsunoa nnuaa, nsutene so. Oyi bɛse sɛ: Meyɛ AWURADE dea, na oyi nso de Yakob din afrɛ ne ho; na oyi nso bɛtwerɛ ne nsa ho sɛ: AWURADE dea, na ɔde Israel din ato ne ho. Sɛ AWURADE, Israel hene, ne ne Gyefoɔ, asafo AWURADE seɛ nie: Mene odikanfoɔ na mene okyidifoɔ, na Onyankopɔn biara nni hɔ gye me nko. Hwan na ɔte sɛ me? Ma no nka ɛ! Ma no mpae mu nka mfa nsi m’anim. Hwan na ɔfiri tete nteredee kyerɛɛ ɔman a mede bɛsi hɔ daa ne nnoɔma a ɛbɛba no? Ma wɔnkyerɛ yɛn deɛ ɛbɛba no. Mommma mo akoma nntu, na monnsuro! Ɛno ɛmfiri tete nteredee na memaa moteeɛ na mekaeɛ? Na mone m’adansefoɔ. Onyankopɔn bi wɔ hɔ sɛ me nko? Na ɔbotan biara nni hɔ; mennim obiara. Ahoninwomfoɔ nyinaa yɛ ɔkwa, na deɛ wɔn ani gye ho no ho nni mfasoɔ; wɔn ara wɔn adansefoɔ nhunu adeɛ na wɔnnim, enti wɔn ani bɛwu. Hwan na ɔnwonoo onyame bi na ɔguu ohoni bi a ɛho nni mfasoɔ? Hwɛ, ne mfɛfoɔ nyinaa ani bɛwu, na adwumfoɔ no nso yɛ nnipa; ma wɔn nyinaa nhyia nnyina hɔ, wɔn ho mpopo, na wɔn ani nwu. Ɔtomfoɔ se n’adwinnadeɛ yɛ ogya mu adwuma na ɔde asaeɛ bɔ, na ɔde ne basa a ahoɔden wɔ mu yɛ ɛho adwuma; ɛkɔm de no na ahoɔden nni hɔ bio, ɔnnom nsuo a ɔtɔ piti. Duadwumfoɔ yere homa mu, ɔde pɛnsere sensane ho, ɔde adwinnadeɛ yɛ, na ɔde kɔmpase sensane ho, na ɔyɛ no ɔbarima nsɛso, onipa ahoɔfɛ so, sɛ ɛntena ɛdan mu. Obi kɔbu tweneduro, anaa ɔyi duaboɔ anaa odum wɔ kwaeɛ mu nnua mu ma no nyini ma no; ɔtɛ sennuro, na osuo ma no nyini; na ɛyɛ ogya ma onipa, ɔfa ebi to, ɔsɔ bi to paanoo; ebi mpo ɔde yɛ onyame sɔre no. Ɔde sene ohoni koto no. Ɔde gya hye fa, na ɛfa nso so na ɔtoto nam weɛ, ɔkye so nam di mee; ɔto gya no nso, na ɔse: Wiɛ, me ho ayɛ me hye, mahunu ogya! Na nkaeɛ no, ɔde yɛ onyame, ne ohoni. Ɔkoto no sɔre no bɔ no mpaeɛ, na ɔse: Gye me, me nyame ne wo! Wɔnnim na wɔnni nhunumu, na wasram wɔn ani so, na wɔanhunu adeɛ, ne wɔn adwene nso, na wɔante aseɛ; na obiara nnwene ho, na nimdeɛ biara nni hɔ, na nhunumu biara nni hɔ na wɔaka sɛ: Mahye ɛfa ogya mu, na mato ne nsramma so paanoo, na makye so nam adi; na nkaeɛ no, memfa menyɛ akyiwadeɛ? Dua sini na menkoto no anaa? Nso na ɔdie; wɔadaadaa n’adwene ama no ato kwan, na ɔntumi nnye ne kra, nso ɔnka sɛ: Ɛnyɛ atorɔ na ɛwɔ me nsa nifa mu yi? Kae yeinom, Yakob ne Israel, na m’akoa ne wo; me na menwonoo woɔ, woyɛ m’akoa, O Israel. Me werɛ remfiri wo. Mapepa wo mmarato sɛ mununkum, ne wo bɔne sɛ suwisie. Sane bra me nkyɛn, na magye wo. Ɔsoro, monto anigyeɛ dwom, na AWURADE na wayɛ; asase ase nohoa, mommɔ ose, mompaepae ahurisie dwom mu, mmepɔ, O kwaeɛ ne emu nnua nyinaa. Na AWURADE agye Yakob, na wahyɛ ne ho animuonyam, wɔ Israel mu. Sɛdeɛ AWURADE, wo Gyefoɔ ne deɛ ɔnwonoo wo firii yafunu mu no seɛ nie: Me, AWURADE, mene deɛ ɔyɛɛ ade nyinaa, deɛ ɔno nko ara twee ɔsoro mu no, deɛ ɔtrɛɛ asase mu no, na obiara nka me ho; deɛ ɔma adebisafoɔ nsɛnkyerɛnneɛ yɛ ɔkwa, na ɔma nkɔmhyɛfoɔ yɛ nkwaseafoɔ; deɛ ɔma anyansafoɔ sane akyire, na ɔdane wɔn nimdeɛ nkwaseasɛm; deɛ ɔma n’akoa asɛm gyina, na ɔma n’abɔfoɔ agyinatusɛm ba mu; deɛ ɔka Yerusalem ho sɛ: Nnipa bɛtena mu! ne Yuda nkuro ho sɛ: Wɔbɛkyekyere, na mɛma n’akurofo so agyinagyina. Deɛ ɔka kyerɛ ebunu sɛ: We na mɛma wo nsutene awewe. Deɛ ɔka Kores ho sɛ: Me dwanhwɛfoɔ nie, na ɔbɛma me botaeɛ nyinaa aba mu, na waka Yerusalem ho sɛ: Wɔbɛkyekyere! ne asɔrefie nso sɛ: Wɔbɛto wo fapem!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Saa na AWURADE ka kyerɛ deɛ wasra no Kores, deɛ masɔ ne nifa mu sɛ mɛbrɛ amanaman ase n’anim, na masanesane ahemfo abɔsoɔ, sɛ mɛbue apono n’anim, ne nkuro apono, na wɔantoto mu no: Mɛdi w’anim, na mabrɛ mmepɔ ase; mɛbubu kɔbere mfrafraeɛ apono mu, na matwitwa dadeɛ adaban mu. Na mede sum mu akoradeɛ ne aboɔdenneɛ a ahunta no bɛma wo; na woahunu sɛ me, AWURADE, mene deɛ mebɔɔ wo din mefrɛɛ woɔ no, Israel Nyankopɔn no. M’akoa Yakob ne Israel a mayi no nti na mede wo din mefrɛɛ woɔ, na mebɔɔ wo abodin no, nso wonnya nhunuu me. Mene AWURADE, na obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ me nko. Me na mebɔ wo abɔsoɔ, nso wonni me, na wɔahunu afiri awiapueeɛ, ne atɔeɛ nso, sɛ obiara nni hɔ, gye me. Mene AWURADE, na obiara nni hɔ bio. Me na mebɔ hann, na mebɔ sum, mema asomdwoeɛ, na mede amaneɛ ba. Me, AWURADE, na meyɛ yeinom nyinaa. Ɔsoro, momma tenenee mfiri soro nsosɔ, na ɛmfiri mununkum mu ntɔ; asase mmue, na ɛmfa ɔgyeɛ mmra, na ɛmma tenenee nso mfifi mmra: Me, AWURADE, na mebɔeɛ. Deɛ ɔne ne Nwomfoɔ ham, fam nkyɛmferɛ ne ɔnwomfoɔ no nnue! Dɔteboɔ bisa ne nwomfoɔ sɛ: Woreyɛ deɛn? Anaa w’adwuma no nni nsa? Ɔnnue deɛ ɔka kyerɛ agya sɛ: Ɛdeɛn na wowoeɛ? Anaa ɔbaa sɛ: Ɛdeɛn na wokyem woeɛ? Sɛ AWURADE, Israel Kronkronni ne ne Yɛfoɔ no seɛ nie: Mobɛbisa me wɔ nnoɔma a menyɛ wɔ me mma ho, anaasɛ, mobɛhyɛ me wɔ me nsa ano adwuma ho? Me na meyɛɛ asase, na mebɔɔ ɛso nnipa; me na me nsa trɛɛ ɔsoro mu, na mehyɛɛ mu asafo nyinaa. Me na mama ne so tenenee mu, na mɛtenetene n’akwan nyinaa; ɔno na ɔbɛkyekyere me kuro, na ɔbɛgya m’atukɔfoɔ kwan a ɔrennye tiriadeɛ anaa akyɛdeɛ biara, asafo AWURADE na ɔka. Sɛ AWURADE seɛ nie: Misraim adwumadeɛ ne Etiopia adwadeɛ a wɔnyaeɛ, ne Sebafoɔ, mmarima atentene no, bɛsene aba wo nkyɛn ne wo abɛtena, wɔbɛdi w’akyi; nkyehoma mu na wɔbɛsene aba, abɛsɔre woɔ, na wɔabɔ wo mpaeɛ sɛ: Ampa, wo mu na Onyankopɔn wɔ, na obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn biara nni baabi. Ampa ara, wone Onyankopɔn a woahunta, Israel Nyankopɔn, Ɔgyefoɔ no. Wɔn nyinaa ani bɛwu na wɔn anim agu ase, ahonidwumfoɔ nyinaa bɛbom ayɛ ahohora. AWURADE de daa daa nkwagyeɛ gye Israel; mo ani renwu, na mo anim rengu ase bio da biara da. Na sɛ AWURADE a ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwonoo asase na ɔyɛeɛ no seɛ nie, (ɔne Nyankopɔn), (ɔno na ɔde sii hɔ); wammɔ no hunu na ɔnwonoo no sɛ wɔntena so: Mene AWURADE, na obiara nni hɔ bio. Ɛnyɛ ahuntaeɛ mu na mekasaeɛ, ɛnyɛ sum asase so baabi; manka mankyerɛ Yakob asefoɔ sɛ: Monhwehwɛ me basabasa yɛ mu! Mene AWURADE a mekasa nokorɛ mu, meka deɛ ɛtenee. Monhyia mmra, mommom mpinkyɛ, mo a moafiri mu afire wɔ amanaman mu. Wɔnnim de, wɔn a wɔsoso wɔn ahoni nnua, na wɔkɔ so ara bɔ onyame a ɔntumi nnye nkwa mpaeɛ. Monkasa, monka mo asɛm; momma wɔmmom ntu agyina. Hwan na ɔmaa wɔtee yei firi teteete na ɔka firi tete nteredee? Ɛnyɛ me, AWURADE a? Na Onyankopɔn biara nni hɔ gye me nko ara, Onyankopɔn a ɔtene na ɔgye nkwa; obi nni baabiara gye me nko. Monnane mo ho mmra me nkyɛn na wɔnnye mo nkwa, mo asase ano nyinaa. Na mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio. Maka me ho ntam, tenenee anomu na asɛm afire, na ɔrensane, sɛ: Me na nkotodwe nyinaa bɛkoto me, na tɛkyerɛma nyinaa aka me ntam. Wɔbɛka me ho asɛm sɛ, AWURADE mu nko ara na tenenee ne ahoɔden wɔ; ne nkyɛn na wɔbɛba, na wɔn a wɔn bo afu no nyinaa ani bɛwu. AWURADE mu na Israel asefoɔ nyinaa bɛdi bem ahyehyɛ wɔn ho.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Bel butu, Nebo koto; akwantuo mmoa ne anantwie soso wɔn ahoni; wɔakyekyere mo nnesoa asoasoa mmoa a wɔrebrɛ. Wɔbom koto butu; wɔntumi nnsi amanehunu ano; na wɔn ara nso kɔ atukorɔ mu. Yakob fie ne Israel fie nkaeɛ nyinaa, mo a wɔaturu mo afiri yafunu mu na masoa mo afiri awotwaa mu no, monyɛ aso mma me. Na ɛkɔsi w’akwakorabɔ mu, mene me ara, na ɛkɔsi ɛdwonofuo mu mpo, mede wo bɛsi akɔnkɔn; me na mayɛ, na me na mɛsoa, me na mede wo bɛsi akɔnkɔn, na magye wo. Hwan na mode me bɛto ne ho na ɔne me ayɛ pɛ, na mode no bɛsusu me, na yɛasɛ? Wɔn deɛ, wɔhwie sika firi fotoɔ mu, na wɔde nsania kari dwetɛ; wɔbɔ sikadwumfoɔ paa na ɔyɛ no onyame; wɔkoto, na wɔsɔre no. Wɔma no so si akɔnkɔn kɔsoɛ no si ne sibea, na ɛsi hɔ; ɛntwe ne ho mfiri n’afa; wɔteam frɛ no a, ɔmmua, na ɔntumi nnye obi, n’ahohia mu. Monkae yei, na monnwene ho, mo mmaratofoɔ, mokae ɛ. Monkae akane nnoɔma a ɛfiri tete no, sɛ me ara mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio; mene Onyankopɔn, na deɛ ɔte sɛ me nni hɔ koraa. Me a mefiri mfitiaseɛ meka awieeɛ asɛm, na mefiri tete mmerɛ no meka deɛ wɔnyɛeɛ no, meka sɛ: Me tirimbɔ bɛgyina, na deɛ ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ. Mɛfrɛ ɔkoropɔn bi afiri apueeɛ ne m’agyina mu barima afiri akyirikyiri asase so. Makasa, na mɛma no aba mu; madwene, na mɛyɛ. Montie me, asobrakyefoɔ a mo ne tenenee ntam twe. Mede me tenenee apinkyɛ, ɛnni akyiri, na me nkwagyeɛ renka akyi. Mede nkwagyeɛ bɛsi Sion, na mede m’animuonyam mama Israel.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Siane, na tena mfuturo mu, O ababaa, Babel babaa, tena fam, a ahennwa bi nni hɔ O Kaldeafoɔ babaa, na wɔremfrɛ wo ɔbaabereɛ a ɔkorɔkorɔ ne ho bio. Fa ayuyammoɔ ne ne ba kɔyam ayuo, yi wo nkatanimu, ma wo gyawurusie so, yiyi wo nan ho, twitwa asuo. W’adagya bɛda adi, na wɔahunu w’ahohora. Mɛtɔ were, na merenhunu onipa mmɔbɔ. Yɛn Gyefoɔ no, asafo AWURADE ne ne din, ne Israel Kronkronni no. Tena ase dinn, na kɔ sum mu, O Kaldeafoɔ babaa, na wɔremfrɛ wo ahennie ahodoɔ no awuraa bio. Me bo fuu me man, meguu m’agyapadeɛ ho fi, na mede wɔn mehyɛɛ wo nsa, woanyi ayamhyehyeɛ ankyerɛ wɔn, nkɔkoraa so mpo womaa wo kɔnnua yɛɛ duru dodo; na wokaa sɛ: Mɛyɛ awuraa akɔsi daa; na amma woamfa yeinom anhyɛ w’akomam, woankae wɔn awieeɛ. Na afei tie yei ɛ, ahodɔni a wote hɔ asomdwoeɛ mu, wo a wose no w’akoma mu sɛ: Me ara me ne no, na obiara nni akyire bio, merentena ase sɛ kunafoɔ, na merenni mmasugya. Na nnoɔma mmienu yi bɛba wo so amonom, da koro, abawuo ne kunayɛ. Ɛbɛba wo so ama no aduru pɛ, wo ntafowayie dodoɔ ne wo nkaberɛkyekyerɛ a ano yɛ den no nyinaa akyiri. Wotenaa ase dwodwoo wɔ wo bɔne mu kaa sɛ: Obi nhu me; wo nyansa ne wo nimdeɛ bɔɔ w’adwene ko, maa wokaa no w’akoma mu sɛ: Me ara me ne no, na obi nni akyire bio. Na mmusuo bɛto wo a worenhunu yi; na abuo bɛbu wo a worentumi mpata; na mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wo soɔ, worenni no hunkan. Sɔre gyina ɛ, fa wo nkaberɛkyekyerɛ ne wo ntafowayie dodoɔ a wofiri wo mmɔfraase brɛɛ mu no, ebia wobɛtumi de ayɛ biribi, ebia wode bɛyi hu. Woabrɛ w’agyinatuo pii no mu; ma wɔnsɔre nnyina ɛ, na wɔnnye wo nkwa, ɔsoro ani mu kyekyɛfoɔ no, nsorommahwɛfoɔ a ɔsrane foforɔ daa wɔkyerɛ nnoɔma a ɛbɛba wo soɔ no. Hwɛ, wɔayɛ sɛ ɛserɛdwaneɛ, ogya ahye wɔn, wɔrentumi nnye wɔn kra mfiri gyaframa no nsam; ɛnyɛ nsramma a wɔde huahua wɔn ho, anaasɛ ogya a wɔtena ho. Saa na wɔn a woabrɛ wɔn ho no bɛyɛ ama woɔ; wɔn a wo ne wɔn ananteɛ firi wo mmɔfraase no, wɔbɛyera akɔ wɔn fam; obiara nni hɔ a ɔbɛgye wo nkwa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Montie yei, O Yakob fie, mo a wɔde Israel din ato mo na mofiri Yuda asene mu no, mo a mode AWURADE din ka ntam na mobɔ Israel Nyankopɔn din, na ɛnyɛ nokorɛ anaa tenenee mu no. Na wɔde kuro kronkron no frɛ wɔn ho, na wɔtwere Israel Nyankopɔn a asafo AWURADE ne ne din no. Akane nnoɔma no, mefiri mekaeɛ ɛnyɛ nnɛ, na ɛfirii m’anomu, na mama wɔate; mpofirim na meyɛeɛ, na ɛbae. Ɛfiri sɛ menim sɛ woyɛ asoɔden, na wo kɔn yɛ daban, na wo moma yɛ yaawa; enti na meka mekyerɛɛ woɔ akyɛ; ɛnnya mmaeɛ no, memaa wotee, na woanka sɛ: M’adwinhoni na ɔyɛeɛ, me honi a wɔasene ne me guo honi na wɔhyɛeɛ. Woate; hwɛ yei nyinaa; na wo nso worenka nkyerɛ? Merema woate nsɛm foforɔ afiri sɛsɛɛ, ne deɛ wɔakora a wonhunuiɛ no; afei na wɔabɔ, na ɛmfiri tete, na wontee da gye nnɛ, na woanka sɛ: Hwɛ, menim dada. Wontee pɛn, nso wonhunui, ɛfiri tete na w’aso mmueeɛ; na menim sɛ nkontompo ara na wotwa, na wɔfrɛ wo mmaratofoɔ firi yafunu mu. Me din nti na metwentwɛn m’abufuo aseɛ, na m’ayeyie nti medwoo m’ani memaa wo, na manku wo. Hwɛ, manane wo, nso ɛnte sɛ dwetɛ; masɔ wo mahwɛ wɔ amaneɛ fononoo mu. Me nti, me nti na meyɛ; ɛfiri sɛ wɔngu me din ho fi sɛn? Meremfa m’animuonyam memma obi. Tie me, O Yakob, ne Israel a mafrɛ woɔ, mene ɔno ara, mene odikanfoɔ, na me ara nso ne okyidifoɔ. Nso me nsa na ɛhyɛɛ asase aseɛ, na me nsa nifa de ɔsoro trɛɛ hɔ; sɛ mefrɛ wɔn a, wɔn nyinaa bɛgyinagyina hɔ. Mo nyinaa mommoaboa mo ano ntie: Wɔn mu hwan na ɔkaa yeinom? Deɛ AWURADE dɔ no no bɛyɛ n’anisɔdeɛ wɔ Babel ho, na ne basa atia Kaldeafoɔ. Me, me na maka, nso mafrɛ no. Mama no aba, na ne kwan yɛ no siadeɛ kwan. Montwe mpini me, montie yei. Ɛnyɛ ahuntaeɛ mu na mefiri mfitiaseɛ mekasaeɛ; ɛfiri berɛ a ɛbaeɛ no, na mewɔ hɔ, na afei AWURADE Nyankopɔn asoma me ne ne honhom. Sɛ AWURADE, wo Gyefoɔ, Israel Kronkronni no seɛ nie: Mene AWURADE, wo Nyankopɔn, mene deɛ ɔkyerɛkyerɛ wo deɛ ɛyɛ ma woɔ, na ɔgya wo kɔ ɔkwan a fa soɔ no soɔ. Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoeɛ bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo tenenee ayɛ sɛ ɛpo asorɔkyeɛ, na w’asefoɔ adɔre sɛ anwea, na w’asefoɔ ayɛ sɛ n’aboseaa. Wɔrentwa wɔn din ntwene, na wɔrensɛe no mfiri m’anim. Momfiri Babel, momfa ahurisidie nne nnwane mfiri Kaldeafoɔ mu. Monka, momma wɔnte yei, momma no mfiri nkɔduru asase ano. Monka sɛ: AWURADE agye n’akoa Yakob. Ɔde wɔn nam anwea pradada soɔ no, sukɔm anne wɔn; ɔtuee nsuo firii ɔbotan mu maa wɔn, ɔpaee ɔbotan mu maa nsuo senee. Asomdwoeɛ nni hɔ mma abɔnefoɔ, AWURADE na ɔseɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Montie me, mpoano aman, na monyɛ aso, akyirikyiri aman. AWURADE afrɛ me afiri yafunu mu, ɛfiri me na yam na ɔtoo me din. Na ɔyɛɛ m’ano sɛ afena nnamnnam, ne nsa ase nwunu mu na ɔde me sieeɛ, na ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnam, ɔde me siee ne kotokuo mu. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: M’akoa ne wo, Israel a mɛnya wo mu animuonyam. Na me deɛ, mekaa sɛ: Mabrɛ magu, masɛe m’ahoɔden ama adehunu ne ahuhudeɛ, nanso m’atemmuo wɔ AWURADE nkyɛn, na m’adwuma so adeɛ wɔ me Nyankopɔn nsam. Na afei AWURADE se, deɛ ɔnwonoo me firii yafunu mu sɛ memmɛyɛ no akoa, na mensane Yakob memmra ne nkyɛn, na memmoa Israel ano memmrɛ no no, ɛfiri sɛ m’anim aba nyam, AWURADE anim, na me Nyankopɔn ayɛ m’ahoɔden, ɔse: Ɛyɛ hare sɛ wobɛyɛ m’akoa na woama Yakob mmusuakuo soɔ, na wode Israel mu wɔn a wɔakora wɔn no asane aba; na mede wo bɛyɛ amanaman hann, na woayɛ me nkwagyeɛ akɔduru asase ano. Saa na AWURADE, Israel Gyefoɔ, ne Kronkronni no ka kyerɛ deɛ wɔbu ne kra animtia, deɛ aman kyiri no, deɛ ɔyɛ nhyɛsofoɔ akoa no sɛ: Ahemfo bɛhunu, na wɔasɔresɔre, asafohene nso, na wɔakoto asɔre, ɛsiane AWURADE a ɔyɛ nokwafoɔ, Israel Kronkronni a wayi woɔ no nti. Sɛ AWURADE seɛ nie: Anisɔ berɛ mu na matie woɔ, na nkwagyeɛ da mu na maboa woɔ, na mɛkora wo, na mede wo mayɛ ɔman apam, sɛ: Ma asase no so si hɔ, na ma wɔmfa agyapadeɛ a ayɛ afo no nni so bio; na ka kyerɛ nneduafoɔ sɛ: Momfiri adi! ne wɔn a wɔwɔ sum mu no sɛ: Mompue! Akwan so na wɔbɛdidie, na mpampa pataa nyinaa so bɛyɛ wɔn adidibea; ɛkɔm renne wɔn, na sukɔm renne wɔn, na kumaforoteɛ ne owia renka wɔn, na deɛ ɔhu wɔn mmɔborɔ no bɛgya wɔn, na wakyerɛ wɔn mmasuo so kwan. Na mereyɛ me mmepɔ nyinaa akwan, na m’atempɔn akorɔn. Hwɛ, yeinom firi akyirikyiri bɛba, na hwɛ, yeinom firi atifi fam ne atɔeɛ fam, na yeinom nso firi Sinifoɔ asase so. Ɔsoro, monto dwom, na asase, di ahurisie! mmepɔ nso, momfrɛ nserehehe dwom! Na AWURADE akyekyere ne man werɛ, na wahunu ne mmɔborɔfoɔ mmɔbɔ! Na Sion kaa sɛ: AWURADE agya me, na AWURADE werɛ afiri me. Ɔbaa werɛ bɛfiri ne ba akɔkoaa, na ne yam renhyehye no ne yafumma ho anaa? Sɛ yeinom werɛ bɛfiri mpo a, me deɛ, me werɛ remfiri wo. Hwɛ, mede wo makurukyire me nsayam; w’afasuo sisi m’anim daa. Wo nkuro kyekyerefoɔ ho bɛyɛ hare asene w’adwirifoɔ, na w’asɛefoɔ bɛfiri wo mu akɔ. Ma w’ani so hwɛ wo ho hyia, yeinom nyinaa rehyia aba wo nkyɛn. Sɛ mete aseɛ yie, AWURADE na ɔseɛ, wobɛhyɛ wɔn nyinaa sɛ ahyehyɛdeɛ, na wode wɔn abɔ abɔsoɔ, sɛ ayeforɔ. Na w’amamfo ne wo nkuro a asɛeɛ ne w’afasusini asase no, afei wobɛyɛ hihiaa a wɔn a wɔbɛtena soɔ no rensene, na wɔn a wɔmene woɔ akɔ akyirikyiri. Na mma a wɔwoo wɔn wɔ w’amanehunu mu no bɛka no w’aso mu sɛ: Afa ha yɛ hihiaa ma me, pini do, na mennya tenabea. Na wobɛka no w’akoma mu sɛ: Hwan na ɔwoo yeinom maa me? Na me deɛ, mma bɔɔ me, na meyɛɛ obonini, wɔtuu me kɔe, na wɔsunsum me; na yeinom deɛ, hwan na ɔyɛnee wɔn? Hwɛ, me deɛ, ɛkaa me nko, ɛno mu no na yeinom wɔ he? Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mɛma me nsa so makyerɛ amanaman, na masi me frankaa mama aman, na wɔaturu wo mmabanin, wɔn kokom, na wo mmammaa nso, wɔasi wɔn akɔnkɔn aba. Na ahemfo bɛyɛ wo mmagyegyefoɔ, na wɔn ahemmaa ayɛ wo nufomafoɔ; wɔde wɔn anim bɛbutubutu fam ama wo, na wɔatafere wo nan ase mfuturo, na woahunu sɛ me, mene AWURADE a wɔn a wɔn ani da me soɔ no ani renwuo. Wɔgye dɔmmarima nsam adeɛ a wafa, anaasɛ ɔhene tirimuɔdenfoɔ nnommum bɛfiri ne nsa? Na sɛ AWURADE seɛ nie: Dɔmmarima nnommum mpo, wɔbɛgye, deɛ ne ho yɛ hu nso adeɛ a wafa bɛfiri mu afi, na me ara mene deɛ ɔne wo ham no bɛham, na me ara mɛgye wo mma nkwa. Na mɛma w’ahafoɔ adi wɔn ara wɔn nam, na wɔn mogya abo wɔn sɛ nsamono, na honam nyinaa ahunu sɛ me AWURADE, mene wo Gyefoɔ, ne wo dimafoɔ ne Yakob tumfoɔ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛhe ara na mo na awaregyaeɛ nwoma a mede megyaee no no wɔ? Anaasɛ m’akafoɔ mu hwan na metɔn mo memaa no? Hwɛ, mo amumuyɛ nti na wɔatɔn mo, na mo mmarato nti na wɔagyae mo na. Adɛn nti na mebaeɛ no, na obiara nni hɔ, mefrɛeɛ no, obiara annye soɔ? Me nsa yɛ tiaa sɛ mentumi mennyeɛ, anaasɛ tumi a mede bɛgye nkwa bi nni me mu? Hwɛ, mede me nkaanim mema ɛpo we, mema nsubɔntene danedane anwea pradada so nsuo a ɛnni hɔ nti, emu nam porɔporɔ, na sukɔm kuku wɔn. Mede tumm mekata ɔsoro, na mede ayitoma meyɛ ne nkataho. AWURADE Nyankopɔn ama me asuafoɔ tɛkyerɛma, sɛ menhunu sɛdeɛ mede asɛm bɛwowa deɛ wabrɛ; ɔnyane me daa anɔpa, ɔbue m’aso ma me, sɛ memfa mentie sɛ asuafoɔ. AWURADE Nyankopɔn abue m’aso, na me nso mante atua mansane m’akyi. Medanee m’akyi memaa mmaakafoɔ, ne m’afono nso, memaa enwi tutufoɔ. Manyi m’ani mamfiri ahohoradeɛ ne ntasuo ho. Na AWURADE Nyankopɔn bɛboa me, enti na ahohora amfa me soɔ; enti na mayɛ m’anim sɛ twerɛboɔ, na menim sɛ m’ani renwu. Deɛ ɔbu me bem no abɛn, hwan na ɔne me bɛdi asie? Ɔmma yɛnnyina nhyiam. Hwan na ɔne me anya? Ma no mpinkyɛ me. Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn bɛboa me, hwan ne deɛ ɔbɛbu me fɔ? Hwɛ, wɔn nyinaa bɛsu sɛ atadeɛ, nweweboaa bɛwe wɔn. Mo mu hwan na ɔsuro AWURADE, na ɔtie n’akoa asɛm? Deɛ ɔnam sum mu na hann bi nhyerɛn mma no no, ma no mfa ne ho nto AWURADE din so, na ɔntwere ne Nyankopɔn. Hwɛ, mo a mososɔ ogya na mode nnyentia a ɛdɛreɛ mia no nyinaa, monkɔ mo gya no dɛre ne nnyentia a moasosɔ no mu. Me nsam na yei bɛfiri ayɛ mo, ɛyea mu na mobɛdeda fam.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Montie me, mo a modi tenenee akyire na mohwehwɛ AWURADE no, monhwɛ ɔbotan a wɔpaee mo firii mu ne abopaebea a wɔtuu mo firii mu no, monhwɛ mo agya Abraham ne Sara a ɔkyem mo woo mo no, sɛ ɔyɛ ɔbaakofoɔ na mefrɛɛ no, na mehyiraa no memaa no dɔree. Na AWURADE rekyekyere Sion werɛ, ɔkyekyere n’amamfo nyinaa werɛ, na wadane ne serɛ so sɛ Eden, ne n’anwea pradada sɛ AWURADE turom, wɔbɛhunu mu ahosɛpɛ ne anigyeɛ, aseda ne dwontoɔ. Me nkurɔfoɔ, montie me, na me man, monyɛ aso mma me, na mmara bɛfiri me nkyɛn akɔ, na mama m’atemmuo atim hɔ ayɛ aman hann. Me tenenee reba ntɛm, me nkwagyeɛ afiri adi, na m’abasa bɛbu aman atɛn; me so na nsuano aman ani da, na me basa na wɔtwɛn. Momma mo ani so nkɔ soro, na monhwɛ asase ɛfam, na ɔsoro bɛyera sɛ wisie, na asase asu sɛ atadeɛ, na ɛsofoɔ awuwu sɛ anwansena, na me nkwagyeɛ bɛtena hɔ daa, na me nkwagyeɛ rensa da. Montie me, mo a monim tenenee, ɔman a me mmara wɔ wɔn akoma mu, monnsuro ɔdasani ahohorabɔ, na mommma wɔn ahiyie nnyɛ mo ahopopoɔ, na nweweboaa bɛwe wɔn sɛ atadeɛ, na abubummabaa awe wɔn sɛ kuntu; na me tenenee bɛtena hɔ akɔsi daa, na me nkwagyeɛ afa awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. AWURADE basa, nyane ɛ, nyane ɛ! Hyɛ ahoɔden! Nyane sɛ akane nna no mu, teteete awoɔ ntoatoasoɔ mu. Ɛnyɛ wone deɛ ɔtwitwaa Rahab na ɔhwiree asuboa kɛseɛ no mu no? Ɛnyɛ wone deɛ ɔmaa po weeɛ no, ebunu kɛseɛ mu nsuo no; deɛ ɔde po ase yɛɛ kwan maa wɔn a wɔagye wɔn sɛ wɔntwa no? Na wɔn a AWURADE agye wɔn no bɛsane, na wɔde ahurisie aba Sion, na daa anigyeɛ bɛtena wɔn atifi; ahosɛpɛ ne anigyeɛ bɛka wɔn nsa, na awerɛhoɔ ne apinisie adwane. Me ara mene mo werɛkyekyefoɔ; hwan ne wo na wosuro ɔdasani a ɔwuo ne onipa ba a wɔyɛɛ no sɛ wira? Na wo werɛ afiri AWURADE a ɔyɛɛ woɔ na ɔtrɛɛ ɔsoro mu na ɔhyɛɛ asase ase no, na wo ho popo daa daa nyinaa, ɔhodwanfoɔ abufuo nti sɛdeɛ ɔresiesie ne ho abɛsɛe biribie, na ɛhe na ɔhodwanfoɔ abufuo no wɔ? Wɔbɛyɛ ntɛm ayi mpokyerɛni, na ɔrenwu nkɔ Amena mu, na n’aduane remmɔ no. Na mene AWURADE, wo Nyankopɔn, a ɔhwanyan ɛpo ma n’asorɔkyeɛ yɛ huu no, asafo AWURADE ne ne din. Na mede me nsɛm mahyɛ w’anomu, na mede me nsa ase nwunu makata wo so, na matrɛ ɔsoro mu na mato asase fapem, na maka makyerɛ Sion sɛ: Me man ne wo. Nyane ɛ, nyane ɛ! Sɔre ɛ, O Yerusalem, wo a woanom AWURADE nsam n’abufuo kuruwa no; ntintantɔ kuruwa no na woanom ahwe mu. Wannya ne mma a ɔwoo wɔn nyinaa mu biara ankɔgya no, na wannya ne mma a ɔyɛnee wɔn nyinaa mu biara amma no ansɔ ne nsa. Nnoɔma mmienu yi na ɛtoo woɔ, hwan na ɔbɛgyam woɔ? Ɔsɛeɛ ne bubuo ne ɛkɔm ne afena; mɛkyekyere wo werɛ sɛn? Wo mma totɔɔ piti boaboaa hɔ mmorɔno nyinaa ntweaso sɛ ɔforoteɛ a ɔda fidie mu, na AWURADE abufuhyeɛ, wo Nyankopɔn animka, ayɛ wɔn amaama. Enti tie yei ɛ, mmɔborɔni, wo a woaborɔ, nanso ɛnyɛ nsa. Sɛ wo Wura, AWURADE ne wo Nyankopɔn a ɔdi ma ne man no seɛ nie: Hwɛ, megye wo nsam ntintantɔ kuruwa no, m’abufuhyeɛ kuruwa no, worenkɔ so nnom bio. Na mede mahyɛ w’ahafoɔ no nsa, wɔn a wɔka kyerɛɛ wo sɛ: Koto, na yɛmfa wo so; na wode w’akyiri too hɔ sɛ fam anaasɛ kwan maa wɔn sɛ wɔmfa so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
O Sion, nyane ɛ, nyane ɛ! hyɛ w’ahoɔden! O Yerusalem, kuro kronkron, hyɛ w’animuonyam atadeɛ! na momonotoni ne deɛ ne ho nteɛ biara renkɔ so nhyɛne wo mu bio. Yerusalem, sɔre porepore wo ho mfuturo gu! O Yerusalem a wɔafa wo dommum; Sion babaa a wɔafa wo dommum, sanesane wo kɔn mu nkyehoma! Na sɛ AWURADE seɛ nie: Wɔantɔn mo annye hwee, na ɛnyɛ sika na wɔde bɛgye mo. Na sɛ AWURADE Nyankopɔn ka nie: Me man siane kɔɔ Misraim akane no kɔyɛɛ hɔ ahɔhoɔ, na Asiria nso hyɛɛ wɔn so kwa. Na afei, ɛdeɛn na mewɔ meyɛ no ha, AWURADE asɛm nie, na wɔafa me man kwa yi? Wɔn a wɔdi wɔn soɔ no twa adwo, AWURADE asɛm nie, na wɔka me din ho abususɛm daa daa nyinaa. Saa nti me man bɛhunu me din, saa nti da no ara wɔbɛhunu sɛ me ara mene deɛ ɔka sɛ: Menie. Sɛdeɛ obi a ɔnam mmepɔ soɔ ka asɛmpa no nan si yɛ fɛ fa! Ɔno na ɔka asomdwoeɛsɛm, ɔka papa ho asɛmpa, ɔma wɔte nkwagyeɛ asɛm, na ɔka kyerɛ Sion sɛ: Wo Nyankopɔn di hene! Tie! w’awɛmfoɔ bom ma wɔn nne so to ahurisie dwom; ɛfiri sɛ wɔn ani tua AWURADE sɛ ɔresane aba Sion. Yerusalem amamfo, mommom nto anigyeɛ dwom, na AWURADE akyekyere ne man werɛ, wagye Yerusalem. AWURADE ayi ne basa kronkron no ho, amanaman nyinaa anim, na asase ano nyinaa ahunu yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ. Montwe mo ho, montwe mo ho mfiri hɔ nkɔ, monnka adeɛ a ɛho nteɛ; momfiri adi mfiri ne mu, monte mo ho, mo a mosoa AWURADE nnwinneɛ no. Na ɛnyɛ ɛherɛ so na mobɛfiri adie, na ɛnyɛ dwane so na mobɛnanteɛ, na AWURADE redi mo anim, na Israel Nyankopɔn abɔ mo kyidɔm. Hwɛ, m’akoa bɛdi yie, wɔbɛpagya, na wɔama no so na wakorɔn sɛ. Sɛdeɛ ne ho yɛɛ nnipa pii ahodwirie no, ɛsiane sɛ n’anim asɛe a ɛnte sɛ onipa deɛ, na ne nipaban nte sɛ nnipa mma deɛ bio no nti, saa ara na ɔbɛma amanaman pii abobɔ pirie, na ahemfo amuamua wɔn ano wɔ ne ho, ɛfiri sɛ deɛ wɔnka nkyerɛɛ wɔn no, wɔhunu, na deɛ wɔntee da no, wɔte aseɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Hwan na wagye yɛn asɛnka no adie, na AWURADE basa no, hwan so na ada adie ama no ahunu? Na ɔfifirii sɛ duforɔ n’anim, sɛ asase pɛsɛɛ mu nhini; ɔnni esu anaa animuonyam a ɛbɛma yɛahwɛ no, na ɔnni ahoɔfɛ a ɛbɛma yɛn ani agye ne ho. Wɔbuu no animtia, na nnipa poo no, ɔyɛ onipa a ɔhunuu ayayadeɛ na ɔnim yadeɛ, na wɔbuu no animtia sɛ obi a nnipa yi wɔn ani hunta no, na yɛammu no hwee. Ampa, yɛn nyarewa no, ɔno na wafa, na yɛn ayayadeɛ nso, wasoa; na yɛn deɛ, yɛbuu no sɛ deɛ wɔahwe no, deɛ Onyankopɔn aka no de no ahyɛ amaneɛ mu. Na ɔno deɛ, yɛn mmarato nti na wɔpiraa no, yɛn amumuyɛ nti na wɔdwerɛɛ no; yɛn asomdwoeɛ ho asotwe daa ne so, na ne mmaa ntampeɛ na wɔde asa yɛn yadeɛ. Yɛn nyinaa wowɔɔ ntwɛtwɛdɛ sɛ nnwan, yɛdanedanee fefaa yɛn akwan so, na AWURADE maa yɛn nyinaa amumuyɛ kɔhwee ne so. Wɔhyɛɛ no aniɛyaa na wɔpiraa no, nanso ɔno deɛ wammue n’ano, sɛ adwammaa a wɔde no rekɔ akɔkum no, sɛ odwanten a watɔ ne ho nwitwitwafoɔ anim mum no, saa no wammue n’ano. Wɔde ahodwan ne atemmuo yii no kɔe; ne berɛsofoɔ nso, hwan na ɔdwenee ho sɛ wɔahwim no afiri ateasefoɔ asase so korɔ, na me man mmarato nti na wɔbobɔɔ no? Na wɔmaa ne damena fraa abɔnefoɔ ne ɔdefoɔ deɛ mu wɔ ne wuo mu, nanso wanni abɔnefosɛm, na nnaadaa nni n’anomu. Na ɛyɛɛ AWURADE pɛ sɛ ɔdwerɛ no; na ɔbɔɔ no yadeɛ. Sɛ ɔnya de ne kra to hɔ yɛ asodie afɔdeɛ a, ɔbɛhunu asefoɔ, ne nna bɛware, na deɛ ɛyɛ AWURADE pɛ bɛyɛ yie wɔ ne nsam. Ɔbɛhunu ne kra brɛ no ho adeɛ amee. Ne hunu mu na m’akoa teneneeni no bɛnya tenenee ama nnipa pii, na ɔno ara afa wɔn amumuyɛ nso asoa. Saa nti mɛkyɛ adeɛ mu mama no nnipa bebree mu na ɔne ahoɔdenfoɔ akyɛ asadeɛ, ɛfiri sɛ ɔde ne kra too hɔ maa owuo, na wɔabu no afra mmaratofoɔ mu, nso ɔno na wasoa nnipa bebree bɔne, na wadi ama mmaratofoɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
To dwom, wo bonini a woanwoɔ; to anigyeɛ dwom na fa ahosan team, wo a wonkyem mma! Na onnibie mma bɛdɔɔso asene deɛ ɔwɔ kunu mma, AWURADE na ɔseɛ. Ma wo ntomadan mu ntrɛ, na wɔntwe wo tenabea ho nkataho no mu, nnodo ho. Ma wo ntampehoma nware, na ma wo mpɛɛwa ntintim. Na wobɛtrɛtrɛ akɔ nifa ne benkum, na w’asefoɔ afa amanaman no, na woama wɔatenatena nkurofo so. Nsuro, na w’ani renwu, nsi wo tiri ase, na w’anim renkusa, na wo werɛ bɛfiri wo mmabaaberɛ mu aniwuo, na wo kunayɛ ahohora no, worenkae bio. Na wo Yɛfoɔ ne wo kunu, asafo AWURADE ne ne din, na wo Gyefoɔ, Israel Kronkronni no, wɔfrɛ no asase nyinaa Nyankopɔn. Na AWURADE afrɛ wo sɛ ɔbaa a wɔagyaa no na ɔredi honhom mu yea, sɛ mmeranteberɛ mu yerɛ a wɔapa no, wo Nyankopɔn na ɔseɛ. Megyaa wo ɛberɛ tiawa bi, nanso ayamhyehyeɛ kɛseɛ na mede bɛboa w’ano. Abufuo mmorosoɔ mu na mede m’ani mehuntaa wo kakraa bi, nanso mede daa adɔeɛ bɛhu wo mmɔbɔ, wo Gyefoɔ AWURADE na ɔseɛ. Na yei yɛ me sɛ Noa nna no: Sɛdeɛ mekaa ntam sɛ Noa nsuo no mmfa asase so bio no, saa ara nso na maka ntam sɛ me bo remfu wo na merenteatea wo bio. Na mmepɔ bɛtwe akɔ na nkokoɔ atutu, na m’adɔeɛ deɛ, ɛrentwe mfiri wo so, na m’asomdwoeɛ apam no rentutu, AWURADE a ne yam hyehye no ma woɔ no na ɔseɛ. O mmɔborɔni a ahum bɔɔ woɔ a wɔnkyekyeree wo werɛ, hwɛ, me ara mede w’aboɔ bɛtoto anintɔnka adubire mu, na mede hoa aboɔ mato wo fapem, na mede bogya aboɔ mayeyɛ w’abantifi, na mede nsramma aboɔ mayɛ w’aponkɛseɛ, ne w’afasuo nyinaa aboɔ afɛfɛ. Na wo mma nyinaa bɛyɛ AWURADE asuafoɔ, na wo mma asomdwoeɛ bɛdɔɔso. Tenenee mu na w’ase bɛtim; wo ne nhyɛsoɔ ntam bɛtwe, na worensuro, na wo ne ahudeɛ nso ntam bɛtwe, na ɛremmɛn wo. Hwɛ, wɔpɛ wo ntɔkwa, nso ɛmfiri me; deɛ ɔsuae wo soɔ no, wo nti ɔbɛhwe ase. Hwɛ, me na mebɔɔ ɔtomfoɔ a ɔfite gyabidie mu na ɔbɔ akodeɛ sɛdeɛ ne dwuma teɛ, na me ara na mebɔɔ ɔsɛefoɔ sɛ ɔnsɛeɛ. Akodeɛ biara a wɔbɔ tia woɔ renyɛ yie, na tɛkyerɛma biara a ɛbɛsɔre atia wo atemmuo mu no, wobɛbu no fɔ; ɛno ne AWURADE nkoa agyapadeɛ ne wɔn tenenee a ɛfiri me no, AWURADE asɛm nie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mommra oo, mo a sukɔm de mo nyinaa, mommra nsuo ho, na mo a monni sika no, mommra mmɛtɔ, na monni. Mommra mmɛtɔ nsa ne nufosuo; ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na ɛnni boɔ nso. Adɛn na mokari sika gye deɛ ɛnyɛ aduane, ne mo brɛ so adeɛ tɔ deɛ ɛmmee mo? Montie me ɛ, monni nnepa, na sradeduane nyɛ mo kra dɛ. Monyɛ aso ɛ, na mommra me nkyɛn, montie, na mo kra nnya nkwa. Na me ne mo bɛpam daa apam, Dawid adɔeɛyɛdeɛ a ɛsi hɔ pintinn no. Hwɛ, mede no mayɛ aman danseni, aman safohene ne mmarahyɛni. Hwɛ, wobɛfrɛ ɔman a wonni wɔn aba, na aman a wɔnni woɔ no de mmirika bɛba wo nkyɛn, AWURADE wo Nyankopɔn nti ne Israel Kronkronni no nti, ɛfiri sɛ wahyɛ wo animuonyam. Monhwehwɛ AWURADE, berɛ a ɔma wɔhu no no, momfrɛ no berɛ a ɔbɛn no. Ma ɔbɔnefoɔ nnane ne kwan nnya, na onipa huhuo nnane n’adwene nnya, na ɔnsane mmra AWURADE nkyɛn, na ne yam bɛhyehye no ama no, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne fakyɛ a ɔde bɛkyɛ dɔɔso. Na ɛnyɛ m’adwene ne mo adwene, na ɛnyɛ mo akwan ne m’akwan, AWURADE asɛm nie; na sɛdeɛ ɔsoro korɔn sene asase no, saa ara na m’akwan korɔn sene mo akwan, na m’adwene nso sene mo adwene. Na sɛdeɛ osuo ne sukyerɛmma firi soro gu fam na ɛnsane nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔ asase ansa ma no ba aduane na ɛso aba, na ɛde aba ma ogufoɔ ne aduane ma odifoɔ no, saa ara na m’asɛm a ɛfiri m’anomu bɛyɛ: Ɛrensane mma me nkyɛn kwa, na mmom gye sɛ ɛyɛ deɛ mepɛ na ɛwie deɛ enti a mesomaa no no. Na anigyeɛ na mode bɛfiri akorɔ, na wɔde asomdwoeɛ agya mo kwan. Mo nti mmepɔ ne nkokoɔ bɛto anigyeɛ dwom prɛko pɛ, na wiram nnua nyinaa abobɔ wɔn nsam. Pepeaa bɛfifiri asi nkasɛɛ ananmu, na ohwamdua bɛfifiri akraateɛ ananmu; na ɛbɛyɛ din ama AWURADE ne daa nsɛnkyerɛnneɛ a wɔrentwa ntwene.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sɛ AWURADE seɛ nie: Monni atemmuo so, na monyɛ adetenenee, na me nkwagyeɛ reyɛ aba, na wɔrebɛyi me nkwagyeɛ adi. Nhyira ne ɔdasani a ɔyɛ yei, ne onipa ba a ɔkura mu no, deɛ ɔdi homeda a ɔngu ho fi na ɔhwɛ ne nsa na anyɛ bɔne biara no. Na ɔnanani a ɔde ne ho abɛbata AWURADE ho no, mma no nnka sɛ: Tuo na AWURADE bɛtu me afiri ne man mu; na mma ayitotoni nso nnka sɛ: Hwɛ, me deɛ, meyɛ duawuiɛ. Na sɛ AWURADE ka nie: Ayitotofoɔ a wɔdi me homeda na wɔyi adeɛ a ɛsɔ m’ani na wɔkura m’apam mu no, mɛma wɔn me fie ne m’afasuo mu nkaeɛ dum ne din a ɛyɛ sene mmabanin ne mmammaa; daa din a wɔrentwa ntwene na mede bɛma wɔn. Na ananafoɔ a wɔabɛbata AWURADE ho sɛ wɔresom no, na wɔadɔ AWURADE din, na wɔabɛyɛ no nkoa no, obiara a ɔdi homeda a ɔngu ho fi, ne wɔn a wɔkura n’apam mu no, mede wɔn bɛba me bepɔ kronkron no so, na mama wɔn ani agye me mpaebɔ fie, wɔn hyeɛ afɔdeɛ ne wɔn kum afɔdeɛ bɛsɔ m’ani, m’afɔrebukyia so; na me fie no, wɔbɛfrɛ no mpaebɔ fie ama aman nyinaa. AWURADE Nyankopɔn a ɔboa Israel adamfikyi ano no asɛm nie: Mɛkɔ so maboa nnipa ano mapae wɔn a wɔaboa wɔn ano no so. Wiram mmoadoma nyinaa, mommra mmɛdidi hamham, kwaeɛ mu mmoadoma nyinaa. N’awɛmfoɔ yɛ anifirafoɔ, wɔn nyinaa nnim de; wɔn nyinaa yɛ akraman mum, wɔntumi mmobɔ mu; wɔyɛ nnamukasafoɔ, deda hɔ, pɛ nna. Na akraman no yɛ adufudepɛfoɔ sɛ, wɔnnim ɔmeeɛ. Nnwanhwɛfoɔ no nso nni nhunumu, wɔn nyinaa adanedane wɔn ani akyerɛkyerɛ wɔn akwan so, obiara hwehwɛ ne mfasoɔ, obiara biara. Wɔka sɛ: Mommra, momma yɛnkɔ nkɔfa nsa, na yɛnwe nsaden, na ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ, ɛbɛso aboro so pii.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɔteneneeni yera, na obiara mfa nhyɛ n’akoma mu, na wɔfa mmarima pa kɔ, a obiara nteaseɛ, sɛ bɔne a ɛbɛba no anim na wɔyi teneneeni no firi korɔ. Ɔkɔ asomdwoeɛ mu; wɔhome wɔn nnaeɛ so, wɔn a wɔnante wɔn teeyɛ mu no. Na mo deɛ, montwe mmra ha, ɔbaabayifoɔ mma, ɔwaresɛefoɔ ne odwamamfoɔ asefoɔ. Hwan ho na mogorɔ? Hwan so na motrɛtrɛ mo anomu na motwe mo tɛkyerɛma mu yi? Ɛno, ɛnyɛ mmarato ne atorofoɔ mma ne mo anaa? Mo a mo ani so yɛ hyeɛ abosonnua no ho, nnua frɔmfrɔm nyinaa ase, na mokunkumm mo mmɔfra asubonhwa mu, abotan mpaepaeɛ ase! Asubonhwa mu aboɔ torotoro mu na wo kyɛfa wɔ, ɛno, ɛno ne wo kyɛfa, nso ɛno so na wohwiee ahwiesa na wode ayɛyɛdeɛ guiɛ, yeinom so na me bo bɛdwo anaa? Bepɔ sorɔnsorɔn a ɛkorɔn so na wotoo wo mpa, ɛhɔ ara nso na woforo kɔ kɔbɔɔ afɔdeɛ; na wode wo nkaeɛ adeɛ no sii ɛpono ne aponnwa mu, na wofirii m’akyi kɔyii wo nnaeɛ so foroe, na wobaee mu, na wo ne wɔn dii deɛ wobɛgye wɔn no ano, wopɛɛ wɔne wo nna na wohunuu wɔn adagya mu. Na wode ngo tuu kwan de kɔmaa Molek, na womaa wo nnuhwam dɔɔso, na wosomaa w’abɔfoɔ akyirikyiri, na wobrɛɛ wo ho ase kɔɔ Asamando. Wo kwan tentene no nti wobrɛe, nanso woanka sɛ: Mfasoɔ biara nni so; wonyaa wo nsam akwanhosan nti, anyɛ wo ya. Na hwan nti na w’akoma tuiɛ na wosuroeɛ, na wodii atorɔ, na woankae me amfa anhyɛ w’akoma mu yi? Me deɛ, ɛnyɛ komm a mefiri tete mayɛ nti na wonsuro me yi anaa? Mɛka wo tenenee ne wo nneyɛɛ makyerɛ, nso ɛrenyɛ wo mfasoɔ biara. Woteam a, ma w’abosompem a woaprapra aboa ano no nnye wo. Na mframa bɛsoa wɔn nyinaa akɔ, ohuo bɛfa wɔn kɔ; na deɛ ɔdwane bɛtoa me no bɛnya asase no adi, na wanya me bepɔ kronkron no atena so. Na wɔbɛka sɛ: Montu ngu so, montu ngu so, mommɔ kwan, monyi akwansideɛ mfiri me man kwan mu. Na sɛ deɛ ɔkorɔn na wɔama no soɔ, deɛ ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no seɛ nie: Mete soro ne deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ne deɛ wabubuo na ne honhom brɛ aseɛ no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefoɔ honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no akoma anya nkwa. Na merenham menkɔsi daa, na me bo remfu daa, ɛfiri sɛ honhom no firi me hɔ, na me na mayɛ ahome. N’anibereɛ a ɛyɛ amumuyɛ nti na me bo fuiɛ na mehwee no, mehuntae, na me bo fui; nanso ɔkɔɔ so sanee n’akyi faa n’akoma kwan so. Mahunu n’akwan, nso mɛsa no yadeɛ; na mɛkyerɛ no kwan, na masane makyekyere ne werɛ, na mabɔ anofafa so aba ama n’abooboodifoɔ. Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ nka deɛ ɔwɔ akyirikyiri ne deɛ ɔbɛn, AWURADE na ɔseɛ, na mɛsa no yadeɛ. Na abɔnefoɔ te sɛ ɛpo a ɛhuru kukukuku; na ɛntumi nyɛ komm, na emu nsuo pu atɛkyɛ ne dɔteɛ gu. Asomdwoeɛ nni hɔ mma abɔnefoɔ, me Nyankopɔn na ɔseɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Team denden, nnodo ho; ma wo nne so sɛ totorobɛnto, na ka me man mmarato ne Yakob fie bɔne kyerɛ wɔn. Ɛwom, wɔhwehwɛ me da biara, na wɔpɛ sɛ wɔhunu m’akwan, sɛ gyama wɔyɛ ɔman bi a wɔdi asɛntenenee na wɔnnyaa wɔn Nyankopɔn ahyɛdeɛ no; wɔbisa me hɔ asɛntenenee, wɔpɛ sɛ wɔpinkyɛ Onyankopɔn. Wɔka sɛ: Adɛn nti na yɛdi mmuada na wonhunu, yɛbrɛ yɛn kra ase na wonnim yi? Hwɛ, mo abuada da no, moyɛ deɛ mo ara mopɛ, na moteetee mo adwumayɛfoɔ nyinaa. Hwɛ, ɔham ne ntɔkwa mu na mode di mmuada, na mobɔ kuturuku atirimuɔden so. Ɛnyɛ mo nnɛ yi mmuada yi na ɛbɛma wɔate mo nne wɔ soro. Sɛdeɛ mmuada a mɛpɛ no ɛda a onipa brɛ ne kra ase no teɛ nie? Sɛ obi si ne tiri ase sɛ mmɛwa na ɔsɛ ayitoma ne nso da so a, yei na wofrɛ no abuadadie ne da a ɛsɔ AWURADE ani yi anaa? Ɛnyɛ yei ne abuadadie a mepɛ? Sɛ mobɛsanesane abɔnefoɔ apɔ, ahotiri kɔnnua nhoma, ama wɔn a wɔhom wɔn soɔ no afa wɔn ho akɔdie, na moabubu kɔnnua nyinaa? Ɛnyɛ yei nso: Sɛ wobubu wo paanoo ma deɛ ɛkɔm de no di bi, na wode mmɔborɔfoɔ, adamfikyi, ba wo fie, sɛ wohunu dagyani a, wokata ne ho, na womfa wo ho nhunta wo honam mu nnipa? Ɛno na wo hann bɛpue sɛ adekyeeɛ, na w’akwahosan afefɛ ntɛm. Wo tenenee bɛdi w’anim, na AWURADE animuonyam abɔ wo kyidɔm. Ɛno na wobɛfrɛ, na AWURADE bɛbua, wobɛteam, na ɔbɛka sɛ: Menie. Sɛ woyi kɔnnua firi wo mu, nsateaa tene ne ahuhukasa, na wode deɛ wo kra pɛ ma deɛ ɛkɔm de no, na woma ɔkra a ɔyɛ mmɔborɔ no mee a, ɛno deɛ wo hann bɛpue sum mu, na wo kusuu bɛyɛ sɛ awia ketee. Na AWURADE bɛkyerɛ wo kwan daa nyinaa, na ɔde nnepa amee wo kra, na wahyɛ wo nnompe mu den, na woayɛ sɛ turo a nsuo sene wɔ mu ne nsuo aniwa a emu nsuo nni hwammɔ. Na wo mufoɔ bɛkyekyere tete akurofo, wobɛma awoɔ ntoatoasoɔ ahodoɔ fapem agyina, na wɔafrɛ wo ɔpamago, deɛ ɔtoto akwan sɛ nnipa ntena hɔ. Sɛ wosianka wo nan homeda na me da kronkron no woanyɛ deɛ wo pɛ, na wofrɛ me homeda sɛ anigyedeɛ, ne AWURADE da kronkron no sɛ da a ɛsɛ anidie, na wodi no ni na woamfa wo ara w’akwan so, na woanyɛ deɛ wo ara wo pɛ, na woankeka nsɛm hunu a, ɛnna w’ani bɛgye AWURADE ho, na mɛma woafa asase so sorɔnsorɔnbea so, na mɛma woadi w’agya Yakob agyapadeɛ no, ɛfiri sɛ AWURADE ano na aka.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Hwɛ, AWURADE nsa nyɛ tiaa a ɛnso ɔgyeɛ, na n’aso mu nyɛ den a ɛrente asɛm, na mmom mo amumuyɛ ne deɛ ɛma mo ne mo Nyankopɔn ntam ateteɛ, na mo bɔne na akata n’ani afiri mo ho a enti ɔntie. Na mogya akeka mo nsam, na amumuyɛ agu mo nsateaa ho fi; mo ano keka atorosɛm, mo tɛkyerɛma woro nkontompo. Obiara nsaman asɛntenenee so, na obiara nsaman wɔ nokorɛ asɛm ho. Wɔde wɔn ho to nsɛnhunu so, na wɔka nsɛnhuhuo; wɔnyinsɛn bɔne, na wɔwo mmusuo. Wɔhwane ɔkyerebene nkosua, na wɔnwono ananse ntentan; deɛ ɔdi wɔn nkosua wu, na wɔtia bi so a, ɛpae ahuritia. Wɔn ntentan no renyɛ atadeɛ, na nnipa remfa deɛ wɔyɛ no nkata wɔn ho; Wɔn nnwuma yɛ abusudwuma, na akakabensɛm wɔ wɔn nsam. Wɔn nan tutu mmirika kɔyɛ bɔne, na wɔyɛ ntɛm kɔhwie mogya a ɛdi bem gu; wɔn adwene yɛ abusudwene, ɔsɛeɛ ne obubuo wɔ wɔn atempɔn ho. Asomdwoeɛ kwan deɛ, wɔnnim, na atɛntenenee nni wɔn akwan mu; wɔayɛ wɔn akwan nkontonkyi, obiara a ɔfa soɔ nnim asomdwoeɛ. Enti na atemmuo ne yɛn ntam awareɛ, na tenenee nso nto yɛn no; yɛtwɛn hann, na hwɛ, esum nie, ne ɔhyerɛn nso, na sum kabii mu na yɛnam. Yɛkeka ɔfasuo ho sɛ anifirafoɔ, na yɛkeka sɛ wɔn a wɔnni ani; yɛsunti awia ketee sɛ kusuu mu, yɛhinhim ahoɔdenfoɔ mu sɛ awufoɔ. Yɛn nyinaa pɔ so sɛ asisire, na yɛsi apini sɛ mmuburo; yɛtwɛn atemmuo nso ebi nni hɔ, ne nkwagyeɛ, na ɛne yɛn ntam ware. Na yɛn mmarato dɔɔso w’anim, na yɛn bɔne di adanseɛ tia yɛn; na yɛn mmarato da yɛn anim, na yɛn amumuyɛ nso, yɛnim. Yɛato AWURADE mmara atwa no nkontompo, na yɛapa yɛn Nyankopɔn akyi; yɛkasa nhyɛsoɔ ne atuateɛ kasa, yɛsusu atorosɛm wɔ akoma mu na yɛka. Na wɔadane atemmuo ani, na tenenee akɔgyina akyirikyiri; na nokorɛ ahwe ase edwam, na deɛ ɛtene ntumi mma mu. Na nokorɛ ayɛ adeɛ a ɛho yɛ na, na deɛ ɔtwe ne ho firi bɔne ho no, wɔfom no fa. Na AWURADE hunui, na ansɔ n’ani sɛ atemmuo biara nni hɔ, na ɔhunuu sɛ ɔbarima biara nni hɔ, na ɛyɛɛ no nwanwa sɛ ɔkamafoɔ biara nni hɔ; ɛnna ne basa gyee no, na ne tenenee wowaa no. Na ɔhyɛɛ tenenee sɛ nkataboɔ, na nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ hyɛɛ ne ti, na ɔhyɛɛ aweretɔ atadeɛ kataa ne ho, na ɔfiraa aweretɔ sɛ ntoma. Sɛ wɔyɛeɛ no, saa ara na ɔbɛhyɛ wɔn ananmu de abufuhyeɛ ama n’ahohiahiafoɔ, ne akatua ama n’atamfo; nsuano aman nso, ɔde akatua bɛhyɛ wɔn ananmu. Na wɔbɛsuro AWURADE din afiri atɔeɛ, ne n’animuonyam afiri owia puebea, na ɔbɛba sɛ asuo a ano yɛ den a AWURADE ahum de reba. Na ɔbɛba sɛ Ɔgyefoɔ ama Sion ne Yakob mu wɔn a wɔsane firi mmarato mu no, AWURADE asɛm nie. Na me deɛ, yei ne me ne wɔn apam no, AWURADE na ɔseɛ: Me honhom a ɛwɔ wo soɔ no ne me nsɛm a mede mahyɛ w’anomu no, ɛremfiri w’anomu ne w’asefoɔ anomu ne w’asefoɔ asefoɔ anomu, AWURADE na ɔseɛ, ɛfiri sesɛɛ de bɛkɔ akɔsi daa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sɔre, hyerɛn, na wo hann aba, na AWURADE animuonyam apue wo so. Na hwɛ, esum bɛkata asase so, na esum kabii akata aman so; nanso AWURADE bɛpue wo so na n’animuonyam abɛda adi wo so. Na amanaman bɛnante aba wo hann no ho, na ahemfo aba hyerɛn a apue wo soɔ no ho. Ma w’ani so hwɛ wo ho hyia, na hwɛ; wɔn nyinaa aboa ano reba wo nkyɛn; wo mmabanin firi akyirikyiri reba, na wo mmammaa nso, wɔturu wɔn wɔn nkyɛn mu reba. Ɛno na wobɛhunu, na w’anim ate, w’akoma de ahosɛpɛ bɛdi ahurisie, ɛfiri sɛ ɛpo ahonyadeɛ dodoɔ redane abɛyɛ wo deɛ, amanaman ahodeɛ reba wo nkyɛn. Yoma manyamanya bɛkata wo so, Midian ne Efa yomaforɔ no. Wɔn nyinaa firi Seba reba, sika ne ohwamfufuo na wɔsoso, na wɔbɛka AWURADE ayeyie. Wɔbɛboa Kedar nnwankuo nyinaa ano abrɛ wo, Nebaiot adwennini bɛsom wo; wɔde anisɔ bɛforo m’afɔrebukyia, na mɛhyɛ m’animuonyam fie no animuonyam. Hwannom ne yeinom a wɔtu sɛ mununkum, ne mmuburo a wɔba wɔn buo mu yi? Aane, me na mpoano aman bɛtwɛn me, na Tarsis ahyɛn na ɛbɛdi kan, na wɔde wo mma firi akyirikyiri aba a wɔn dwetɛ ne wɔn sika ka wɔn ho, wɔde rebrɛ AWURADE wo Nyankopɔn din, ne Israel Kronkronni no, ɛfiri sɛ ɔno na wahyɛ wo animuonyam. Na ananafoɔ bɛto w’afasuo, na wɔn ahemfo asom wo; na m’abufuo mu na mehwee woɔ, na m’adɔeɛyɛ mu na mahu wo mmɔbɔ. Na wo kuro apono ano bɛda hɔ daa, wɔrentoto mu awia ne anadwo, na nkurɔfoɔ de amanaman ahonyadeɛ abrɛ wo a wɔn ahemfo di wɔn anim. Na ɔman ne ahennie a ɛrensom woɔ no bɛgu, na saa aman no, sɛeɛ na wɔbɛsɛe wɔn pasaa. Lebanon animuonyam bɛba wo nkyɛn, ne pepeaa, sɛsɛ ne kwabɔhorɔ bɛbom ahyehyɛ me kronkronbea hɔ; na mɛhyɛ me nantiabea animuonyam. Na wo nhyɛsofoɔ mma de akotoakotoɔ bɛba wo nkyɛn, na wɔn a wɔbuu wo animtia nyinaa bɛba abɛbum wo nan ase, na wɔafrɛ wo AWURADE Kuro, Israel Kronkronni no Sion. Deɛ anka wɔgya woɔ na wɔtane woɔ na obiara biara mfa wo mu no, mɛma wo ayɛ kɛseɛ, na mayɛ wo awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ anigyedeɛ. Na wobɛnum amanaman nufoɔ, na woanum ahemfo mpokua; na woahunu sɛ me, AWURADE, mene w’agyenkwa ne wo Gyefoɔ, Yakob Tumfoɔ no. Kɔbere ananmu na mede sika bɛsi maba, na dadeɛ ananmu na mede dwetɛ bɛsi maba, na kɔbere mfrafraeɛ asi nnua ananmu, na dadeɛ asi aboɔ ananmu. Na mɛma asomdwoeɛ adi wo so panin ahwɛ wo, na mede tenenee mayɛ wo kafoɔ. Wɔrente nhyɛsoɔ nka w’asase so bio, wɔrente ɔsɛeɛ ne bubuo nka w’ahyeɛ mu; na wobɛfrɛ w’afasuo Nkwagyeɛ, ne wo kuro apono nso Ayeyie. Ɛnyɛ owia na ɛbɛyɛ wo hann awia bio, na ɔhyerɛn nso, ɛnyɛ ɔsrane na ɛbɛharan ama wo anadwo, na mmom AWURADE na ɔbɛyɛ wo daa hann, na wo Nyankopɔn ayɛ w’animuonyam. Wo wia rentɔ bio, na wo srane nso renwu, na AWURADE bɛyɛ wo daa hann, na w’abooboodie nna awie sa. Na wo man deɛ, wɔn nyinaa bɛyɛ teneneefoɔ, wɔbɛdi asase no so akɔsi daa; wɔbɛyɛ me tɛdua duban a afefɛ, me nsa ano adwuma a ɛhyɛ me animuonyam. Deɛ ɔsua koraa no bɛdane abusua, na akumaa koraa adane ɔman a ɛyɛ den. Me, AWURADE, mɛyɛ no ntɛm ne berɛ mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so, ɛfiri sɛ AWURADE asra me ngo sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufoɔ; wasoma me sɛ memmɛkyekyere wɔn a wɔn akoma abubuo werɛ, mempae ahofadie menkyerɛ nnommum ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfoɔ, na mempae AWURADE anisɔ afe ne yɛn Nyankopɔn aweretɔ da no, menkyekyere abooboodifoɔ nyinaa werɛ, menhyehyɛ Sion abooboodifoɔ memma wɔnnɛnso nsi nso mu da ananmu, memma wɔn anika ngo nsi abooboo ananmu, memma wɔn ayeyie ntadeɛ nsi honhom a watɔ bera ananmu, na wɔmfrɛ wɔn tenenee nnua, AWURADE tɛ nnua a ɛhyɛ no animuonyam. Na wɔbɛkyekyere tete akurofo ama akanefoɔ amamfo so agyina, na wɔayɛ nkuro agoago ne awoɔ ntoatoasoɔ amamfo no foforɔ. Na ahɔhoɔ bɛgyina ahwɛ mo nnwan, na ananafoɔ ayeyɛ mo akuafoɔ ne mo turoyɛfoɔ. Na mo deɛ, wɔbɛfrɛ mo AWURADE asɔfoɔ, na wɔase mo sɛ: Yɛn Nyankopɔn asomfo; mobɛdi amanaman ahonyadeɛ, na wɔn adedodoɔ mu na mobɛhoahoa mo ho. Mo aniwuo no ananmu mobɛnya mmɔho, na ahohora ananmu mobɛdi mo kyɛfa ho ahurisie; ɛno nti mobɛnya mmɔho, mo asase so, daa anigyeɛ bɛyɛ mo dea. Na me, AWURADE, medɔ atemmuo, mekyiri atirimuɔden ne adwotwa, na mɛtua wɔn ka nokorɛ mu, na me ne wɔn apam daa apam. Na wɔbɛhunu wɔn asefoɔ, amanaman mu, ne wɔn mma wɔ aman mu; obiara a n’ani bɔ wɔn soɔ no bɛhu wɔn sɛ wɔyɛ ɔman a AWURADE ahyira wɔn. AWURADE mu na me ho sɛpɛ me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurisie, ɛfiri sɛ ɔde nkwagyeɛ atadeɛ ahyɛ me, ɔde tenenee batakari asi me, sɛ ayeforɔkunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotire, ne ayeforɔ a ɔde ne nnwinneɛ hyehyɛ ne ho. Na sɛdeɛ asase ma afifideɛ pue na turo ma deɛ wɔadua mu fifire no, saa ara na AWURADE Nyankopɔn bɛma tenenee ne ayeyie afifiri amanaman nyinaa anim.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sion nti meremmua m’ano, na Yerusalem nti merenyɛ komm, de bɛkɔ akɔsi sɛ ne tenenee bepue sɛdeɛ adekyeeɛ haran, na ne nkwagyeɛ adɛre sɛ tɛnee. Na amanaman bɛhunu wo bembuo, na ahemfo nyinaa ahunu w’animuonyam, na wɔato wo din foforɔ a AWURADE ano bɛkyerɛ no. Na wobɛyɛ ahokeka abotire, AWURADE nsa mu ne ɔhene abotitene, wo Nyankopɔn nsam. Wɔremfrɛ wo sɛ: Deɛ wɔagya no, bio, na w’asase nso, wɔrense no sɛ: Afo, bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo sɛ: Hefsiba, ne w’asase nso sɛ: Beula, ɛfiri sɛ AWURADE ani sɔ wo, na w’asase nso, wɔbɛware no. Na sɛdeɛ aberanteɛ ware ababaa no, sɛ wo mma bɛware woɔ ne no. Sɛdeɛ ayeforɔkunu ho sɛpɛ no ayeforɔ ho no, saa ara nso na wo Nyankopɔn ho bɛsɛpɛ no wo ho. W’afasuo so, O Yerusalem, na mede awɛmfoɔ maduadua. Adekyeeɛ nyinaa ne anadwo nyinaa daa, wɔremmua wɔn ano; mo a mokae AWURADE no, monnyɛ komm koraa. Na mommma no nnye n’ahome kɔsi sɛ ɔbɛtoto Yerusalem ama no asi hɔ ayɛ ayeyie wɔ asase soɔ. AWURADE aka ne nifa ne ne tumi basa ho ntam sɛ: Meremfa w’ayuo memma w’atamfo nni bio, na ananafoɔ mma rennom wo nsa a wobrɛɛ ho no. Na wɔn a wɔboa ano na wɔbɛdi ayi AWURADE ayɛ, na wɔn a wɔde ba efie no bɛnom, wɔ me kronkronbea abannwa so. Monsene, monsene mfa kuro apono no mu, mommɔ ɔman no kwan; montu ngu so, montu ngu so nyɛ no tempɔn, montase so aboɔ; monsi aman no so frankaa. Hwɛ, AWURADE ama wɔate akɔduru asase awieeɛ nohoa sɛ: Monka nkyerɛ Sion babaa sɛ: Hwɛ, wo nkwagyeɛ reba; hwɛ, n’akatua ka ne ho, na n’ananmuhyɛ di n’anim. Na wɔbɛfrɛ wɔn sɛ ɔman kronkron, wɔn a AWURADE agye wɔn, na wo nso, wɔbɛfrɛ wo Deɛ wɔahwehwɛ n’akyiri kwan, kuro a wɔannyaa no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Hwan ne oyi a ɔfiri Edom reba, deɛ ne ntadeɛ bere kɔɔ a ɔfiri Bosra reba yi? Oyi a wahuhuru wɔ n’aduradeɛ mu, na ɔkyea, ne tumi kɛseɛ mu yi? Ɛyɛ me a mereka ahosan akyerɛ, Otumfoɔ a ɔgye nkwa. Adɛn na w’aduradeɛ bere sɛɛ, na wo ntadeɛ te sɛ nsakyi-amena mu tiatiafoɔ deɛ yi? Nsa-kyi-amena no, me nko na matiatia mu, na aman sofoɔ mu biara nka me ho; na matiatia wɔn so m’abufuo mu, na mewɔɔ wɔn m’abufuhyeɛ mu, na wɔn mogya abɔ apete me ntadeɛ mu, na akeka m’aduradeɛ nyinaa mu. Na aweretɔ da bi wɔ m’akoma mu, na me gyeɛ afe no aba. Na mehwɛe, nso na ɔboafoɔ biara nni hɔ; na ɛyɛɛ me nwanwa sɛ obiara nni hɔ a ɔsɔ mu abia; enti me ankasa me basa gyee me, na m’abufuhyeɛ nso sɔɔ me mu abia. Na metiatiaa aman so, m’abufuo mu, na memaa wɔboboroe, m’abufuhyeɛ mu, na megyee wɔn nkwa firii wɔn nsam. Mɛbɔ AWURADE adɔeɛ a ɛtim hɔ daa, AWURADE ayeyi no, sɛdeɛ AWURADE ne yɛn adie no nyinaa, na maka Israel fie yie pii a ɔde ayɛ wɔn no, sɛdeɛ n’ayamhyehyeɛ ne n’adɔeɛyɛ dodoɔ no teɛ no. Na ɔse: Me man ara ne wɔn, mma a wɔrenni atorɔ, na ɔyɛɛ wɔn agyenkwa. Wɔn ahohia nyinaa mu no, ne ho hiahiaa no, na n’anim bɔfoɔ no gyee wɔn; ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu na ɔgyee wɔn, na ɔmemaa wɔn so, na ɔsoaa wɔn tete nna no nyinaa. Na wɔn deɛ, wɔtee atua na wɔhyɛɛ ne Honhom kronkron no yea, enti ɔdanee wɔn ɔtamfoɔ, na ɔno ara ne wɔn dii ako. Ɛnna ɔkaee tete nna n’akoa Mose berɛ so: Ɛhe na deɛ ɔyii nnwan no hwɛfoɔ no firii po mu no wɔ? Ɛhe na deɛ ɔde ne Honhom kronkron sii wɔn mu no wɔ? Deɛ ɔmaa n’animuonyam basa no dii Mose nifa, deɛ ɔpaee nsuo mu, wɔn anim de gyee daa din faeɛ no? Deɛ ɔmaa wɔfaa ebunu mu sɛ ɔpɔnkɔ fa anwea pradada so na wɔanwatire no? AWURADE honhom maa wɔhomee sɛ mmoa a wɔsiane kɔ bonhwa mu. Saa na wokyerɛɛ wo man kwan de gyee animuonyam din faeɛ. Brɛ w’ani ase firi soro, na firi wo kronkronyɛ ne w’animuonyam tenabea hɔ hwɛ. Ɛhe na wo ninkuntwe ne wo mmaninneɛ no wɔ? W’ayamhyehyeɛ ne wo mmɔborɔhunu no afiri me ho. Na wo ara wone yɛn Agya; na Abraham nnim yɛn, na Israel nhu yɛn: Wo, AWURADE ara ne yɛn Agya, wo din ne yɛn Gyefoɔ, firi tete nteredee. O AWURADE, adɛn nti na woma yɛfiri wo kwan so kɔwɔ ntwɛtwɛdɛ, na wopirim yɛn akoma na yɛansuro woɔ? Sane bra, wo nkoa nti, w’agyapadeɛ mmusuakuo no nti. Wo man kronkron kuraa wo kronkronbea no kakraa bi; yɛn ahohiahiafoɔ atiatia so. Yɛadanedane sɛ wɔn a wonnii wɔn so da; sɛ wɔn a wɔmfaa wo din ntoo wɔn da.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
O, sɛ wosunsuane ɔsoro mu siane na mmepɔ woso w’anim ɛ! Sɛ ogya sɔ mmaboa na ogya ma nsuo huru, na woama w’atamfo ahunu wo din, na amanaman ho apopo, w’anim! Woyɛɛ nnoɔma a ɛyɛ hu a na yɛnhwɛɛ; anim no, wosiane sii fam na mmepɔ wosoo w’anim! Na ɛfiri tete nteredee wɔntee, ɛnkɔɔ obi aso mu, ani nso nhunuu sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ɔdi ma deɛ n’ani da ne soɔ, gye wo nko. Wohyia deɛ ɔde anigyeɛ di asɛntenenee, wɔn a wɔkae wo w’akwan soɔ no. Hwɛ, wo bo fui, na yɛyɛɛ bɔne; na ɛno mu na yɛwɔ dadaada yi, na wɔbɛgye yɛn nkwa anaa? Na yɛn nyinaa ayɛ sɛ deɛ ne ho nteɛ, na yɛn adetenenee nyinaa te sɛ ntomago afiafi, na yɛn nyinaa kusa sɛ ahahan, na yɛn amumuyɛ soa yɛn kɔ sɛ mframa. Na obiara nni hɔ a ɔbɔ wo din na ɔkanyan ne ho sɔ wo mu; na woayi w’ani ahunta yɛn, na yɛn amumuyɛ nti woama yɛayera. Na afei, O AWURADE, yɛn Agya ne wo. Yɛn deɛ, dɔteɛ ne yɛn, na wone yɛn nwomfoɔ, na wo nsa ano adwuma ne yɛn nyinaa. O AWURADE, mma wo bo mmfu bebree, na nkae amumuyɛ nkɔsi daa. Hwɛ, ma w’ani mmra so ɛ, wo man ne yɛn nyinaa. Wo nkuro kronkron adane ɛserɛ so, Sion adane ɛserɛ so. Yerusalem ayɛ akurofo. Yɛn kronkronyɛ ne yɛn animuonyam fie a yɛn agyanom yii wo emu ayɛ no wɔde gya ahye, na yɛn anigyebea nyinaa ayɛ amamfo. Yeinom nyinaa mu wobɛhyɛ wo ho so ara, AWURADE, wobɛyɛ komm abrɛ yɛn ase koraa?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Medaa me ho so metwɛn wɔn a wɔammisa m’akyiri kwan no; na wɔn a wɔanhwehwɛ me no, metwɛnee sɛ anka wɔbɛhu me. Mekaa sɛ: Menie, menie, mekyerɛɛ ɔman a wammɔ me din no. Mebaee me nsam daa nyinaa mekyerɛɛ ɔman asobrakyefoɔ, wɔn a wɔnam ɔkwan a ɛnyɛ so di wɔn adwene akyiri no; ɔman a wɔyi me ahi wɔ m’anim daa, wɔbobɔ afɔdeɛ nturo mu, na wɔhye nnuhwam ntaayaa soɔ; wɔtenatena adamena mu, deda nkokoam anadwo, wɔdi prakonam, na akyiwadeɛ nkwan wɔ wɔn nkwansɛn mu. Wɔka sɛ: Twe wo ho, nka me, na me ho te sene woɔ no. Yeinom ne me hwene mu wisie, ogya a ɛdɛre daa nyinaa. Hwɛ, wɔatwerɛ no wɔ m’anim: Merenyɛ komm, na mɛtua so ka, aane, mɛtua so ka agu wɔn kokom. Mɛka mo amumuyɛdeɛ ne mo agyanom amumuyɛdeɛ abom atua so ka, AWURADE na ɔseɛ; ɛfiri sɛ wɔahye aduhwam wɔ mmepɔ soɔ na wɔasopa me wɔ nkokoɔ soɔ nti, mɛsusu wɔn akane nneyɛɛ atua so ka. Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛdeɛ nsa ba bobe aba esia mu a wɔka sɛ: Nsɛe no, na nhyira wɔ mu, no, saa ara na me nkoa nti mɛyɛ, na mansɛe wɔn nyinaa. Na mɛyi asefoɔ afiri Yakob mu, ne me bepɔ sodifoɔ afiri Yuda mu, na wɔn a mayi wɔn no bɛdi so, na me nkoa atena hɔ. Na Saron bɛdane nnwankuo adidibea, na Akor bonhwa no ayɛ anantwie dabea ama me man a wɔhwehwɛ m’akyiri kwan no. Na mo a mogya AWURADE na mo werɛ firi me bepɔ kronkron no na moto pono ma Siadeɛ bosom na mohyɛ afrasa nkuruwa amama ma Hyɛberɛ bosom no, me nso mede mo bɛma afena, na wɔakum; ɛfiri sɛ mefrɛe, na moannye so, mekasae, na moantie, na moyɛɛ deɛ ɛyɛ m’ani so bɔne, na deɛ mempɛ na moyiiɛ. Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me nkoa bɛdidi, na mo deɛ, mobɛdi kɔm; hwɛ, me nkoa bɛnom, na mo deɛ, sukɔm bɛde mo; hwɛ, me nkoa ani bɛgye, na mo deɛ, mo ani bɛwu; hwɛ, me nkoa de akoma pa bɛto ahurisie dwom, na mo deɛ, mode akoma mu yea bɛteam, na mode honhom a abubuo asu yɔɔ. Na mobɛgya mo din de ayɛ ntanka ama wɔn a mayi wɔn, na AWURADE Nyankopɔn bɛku mo, na wato ne nkoa din foforɔ, na ama deɛ ɔhyira ne ho asase no soɔ no ahyira ne ho wɔ nokorɛdie Nyankopɔn mu; na deɛ ɔka ntam wɔ asase no soɔ no de nokorɛdie Nyankopɔn no aka ntam; ɛfiri sɛ wɔn werɛ bɛfiri akane amanehunu no, na ahunta afiri m’anim. Na hwɛ, merebɔ ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ, na wɔrenkae kane nnoɔma no na ɛremma adwene mu bio; na mmom, momma mo ho nsɛpɛ mo na monni ahurisie daa daa, adeɛ a merebɔ no nti; na hwɛ, merebɔ Yerusalem ama no ayɛ ahurisidie, ne ne man, ama no ayɛ ahosɛpɛ. Na mɛdi Yerusalem ho ahurisie, na me ho asɛpɛ me me man ho, na wɔrente esu ne nteateam wɔ mu bio. Wɔrenhunu emu abotafowa a ne nna nware bio, anaa akɔkoraa a wanwie ne nna die; na abɔfra bɛdi mfirinhyia ɔha ansa na wawu, na ɔdebɔneyɛni a wadi mfeɛ ɔha no yɛ deɛ wadome no. Na wɔbɛsisi adan atena mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntena mu, na wɔrennua mma obi nni, na me man nna bɛware ayɛ sɛ dua nna, na wɔn a mayi wɔn yi bɛdi wɔn nsa ano adwuma akyɛre. Wɔrenyɛ adwumayɛhunu, na wɔrenwo mma mma mpatuwuo, ɛfiri sɛ wɔyɛ wɔn a AWURADE ahyira wɔn no asefoɔ, wɔne wɔn mma. Na wɔnnya mfrɛeɛ no, mɛgye so; wɔda so rekasa no, mɛtie. Pataku ne odwammaa bɛdidi faako, na gyata awe wira sɛ nantwie; na ɔwɔ deɛ, dɔteɛ na ɛbɛyɛ n’aduane; wɔrempira, na wɔrensɛe adeɛ bio, wɔ me bepɔ kronkron no nyinaa so, AWURADE na ɔseɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔsoro yɛ m’adwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ; ɛdan bɛn na mobɛsi ama me, na ɛhe na me homebea wɔ? Na yeinom nyinaa, me nsa na ɛyɛeɛ, saa nti yeinom nyinaa yɛ me dea, AWURADE asɛm nie. Na deɛ mɛhwɛ no nie: Deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ, na ne honhom abubuo, na ne ho popo m’asɛm ano. Deɛ ɔkum nantwie no te sɛ deɛ ɔkum nipa; deɛ ɔkum odwan bɔ afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔbu ɔkraman kɔn mu; deɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔde prako mogya ba; deɛ ɔhye ohwamfufuo no te sɛ deɛ ɔhyira ohoni. Wɔn deɛ, wɔayi wɔn akwan, na wɔn kra ani sɔ wɔn akyiwadeɛ; me nso mɛyi amaneɛ bi mama wɔn, na mede deɛ wɔsuro aba wɔn so, ɛfiri sɛ mefrɛe, na obiara annye so, mekasae, na wɔantie, na wɔyɛɛ m’ani so bɔne, na deɛ mempɛ no na wɔyiiɛ. Montie AWURADE asɛm, mo a n’asɛm nti mo ho popoɔ: Mo nuanom a wɔtane mo a me din nti wɔtu mo no ka sɛ: AWURADE nnya animuonyam na yɛnhunu mo anigyeɛ; nanso wɔn na wɔn ani bɛwu. Montie oo, ɛnne bi firi kuro no mu! Ɛnne bi firi asɔrefie! AWURADE a ɔtua n’atamfo nneyɛɛ so ka no nne! Ɔnnya nkyemeeɛ no, na wawo; awoɔyea nnya nkaa no no, na wawo ɔbabarima. Hwan na wate yei bi pɛn? Hwan na wahunu yei bi da? Wɔkyem wo asase da koro, anaasɛ wɔwo ɔman prɛko? Ɛfiri sɛ awoɔ kaa Sion ara pɛ na ɔwoo ne mma. Me, mɛma wɔabue awotwaa ano, na meremma wɔnwo? AWURADE na ɔseɛ. Anaa, me a mema wɔwoɔ no, mɛsi ano anaa? Wo Nyankopɔn na ɔseɛ. Mo ne Yerusalem ani nnye, na monni ne ho ahurisie, mo a modɔ no nyinaa; mo ne ne ho nsɛpɛ mo, mo a modi ne ho abooboo nyinaa; na moanum n’awerɛkyekyerɛ nufoɔ amee, na moafe n’animuonyam mmorosoɔ ama mo bo atɔ mo yam. Na sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, merekoa yiedie mama no, sɛ asubɔnten, ne amanaman ahonyadeɛ nso, sɛ asutene a ayire, na moanom. Nkyɛnmu na wɔbɛturu mo, na wɔagyegye mo anankoroma so. Sɛ obi na kyekyere ne werɛ no, saa ara na me nso mɛkyekyere mo werɛ, na mo werɛ akyekyere wɔ Yerusalem. Na mobɛhunu na mo akoma ho asɛpɛ no, na mo nnompe ayɛ hurohuro sɛ wira frɔmfrɔm; na wɔbɛhunu AWURADE nsa, ne nkoa so, ne abufuo a emu yɛ den, n’atamfo so. Na hwɛ, AWURADE de ogya ne ne nteaseɛnam a ɛte sɛ ahum bɛba, de abufuhyeɛ abɛtua n’abufuo so ka, na ɔde gyaframa ayɛ n’ateatea. Na ogya na AWURADE de bɛbu atɛn, na ɔde afena ne honam nyinaa adi, na wɔn a AWURADE bɛhwire wɔn mu bɛdɔɔso. Wɔn a wɔte wɔn ho dwira wɔn ho kɔ nturo mu, na wɔdi ɔbaakofoɔ a ɔdi mfimfini akyire, na wɔdi prakonam ne akyiwadeɛ ne nkura no, wɔbɛbom awie sa, AWURADE asɛm nie. Na menim wɔn nneyɛɛ ne wɔn adwene, na ɛbɛba sɛ mɛboa amanaman ne kasa ahodoɔ nyinaa ano, na wɔaba abɛhunu m’animuonyam. Na mɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ wɔn mu, na masoma wɔn mu nnipa a wɔafiri mu afire no akɔ amanaman nkyɛn, Tarsis, Put ne Lud, taduakuntunfoɔ no, Tubal ne Yawan, nsuano aman a wɔwɔ akyirikyiri a wɔntee me nka, na wɔnhunuu m’animuonyam no, na wɔakɔka m’animuonyam amanaman no mu. Na wɔde mo nuanom nyinaa bɛfiri amanaman no nyinaa mu abɛyɛ ayɛyɛdeɛ ama AWURADE, apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu ne asako mu ne mfunumupɔnkɔ ne yoma so, aba me bepɔ kronkron Yerusalem so, AWURADE na ɔseɛ, sɛdeɛ Israel mma de aduane afɔdeɛ a ɛwɔ adeɛ a emu teɛ mu ba AWURADE fie no. Na mɛyi wɔn mu binom nso ayɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ, AWURADE na ɔseɛ. Na sɛdeɛ ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ a mɛyɛ no bɛgyina m’anim no, AWURADE asɛm nie, saa ara na mo asefoɔ ne mo din bɛgyina. Na ɛbɛba sɛ ɔsrane foforɔ biara ne homeda biara honam nyinaa bɛba abɛsɔre m’anim, AWURADE na ɔseɛ. Na wɔbɛfiri adi akɔhwɛ nnipa a wɔato me mmara no afunu a wɔn mu mmoaa renwu da, na wɔn gya nso rennum da; na wɔbɛyɛ akyiwadeɛ ama honam nyinaa.