Audio
stringlengths
109
111
Transcript
stringlengths
131
10.4k
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Onipa a wɔka n’anim na ɔsene ne kɔn no, wɔbɛbu no mpofirim a ano nni aduro. Ateneneefoɔ di tumi a, ɔman ani gye, na ɔbɔnefoɔ di so a, ɔman si apini. Onipa a ɔdɔ nyansa ma n’agya ani gye, na deɛ ɔne nnwamamfoɔ bɔ bɛsɛe n’adeɛ. Ɔhene de atemmuo ma asase gyina, na akyɛdepɛfoɔ bɔ no. Onipa a ɔdɛfɛdɛfɛ ne yɔnko no, ɔsum n’anammɔn fidie. Onipa bɔne mmarato mu wɔ fidie, na ɔteneneeni bɛto ahurisie dwom, na n’ani agye. Ɔteneneeni hunu mmɔborɔfoɔ asɛm di, ɔbɔnefoɔ nhunu saa nimdeɛ no. Fɛdifoɔ sɔ kuro mu gya, na anyansafoɔ sianka abufuo. Ɔba nyansafoɔ ne ogyimifoɔ di apereɛ a, ɔyɛ hoo oo, ɔsere oo, home nni mu. Mogyapɛfoɔ tane pɛyɛfoɔ, na teefoɔ hwehwɛ ne kra agye no. Ɔkwasea yi ne honhom nyinaa adi, na onyansafoɔ dwodwo no ma no ka akyi. Ɔpanin a ɔtie atorosɛm no, n’asomfo nyinaa yɛ abɔnefoɔ. Adekoro bi da nso wɔ ohiani ne opooboni ntɛm, deɛ ɔte wɔn baanu nyinaa ani ne AWURADE. Ɔhene a ɔbu nokwatɛn ma mmɔborɔfoɔ no, n’ahennwa bɛtim daa. Abaa ne animka ma nyansa, na abɔfra a wɔato no sraha gu ne na anim ase. Abɔnefoɔ dɔɔso a, mmarato dɔɔso, nanso ateneneefoɔ bɛhunu wɔn ahweaseɛ. Tenetene wo ba na wama woahome, na wama wo kra anika. Anisoadehunu nni hɔ a, ɔman yɛ bisibasaa, nanso deɛ ɔbu mmara no, nhyira ne no. Ɛnyɛ nsɛm na wɔde tea akoa, ɛfiri sɛ ɔte aseɛ mpo a, ɔremmu. Wohunu onipa a ɔpere ne nsɛm ho a, anidasoɔ wɔ hɔ ma ɔkwasea sene no. Deɛ ɔkorɔkorɔ n’akoa firi ne mmɔfraase no, akyire yi no ɔbɛyɛ sɛ ɔba. Obufufafoɔ hwanyan ntɔkwa, na ɔbobɔnefoɔ mmarato dɔɔso. Onipa ahantan bɛbrɛ no ase, na honhom mu ahobrɛaseɛni nsa bɛka animuonyam. Deɛ ɔne owifoɔ kyɛ adeɛ no tane ne kra, ɔte duabɔ no nso ɔnka. Onipa ho suro sum fidie, na deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ no ho deɛ ɔbɛyɛ sɔnn. Nnipa pii hwehwɛ ɔman sodifoɔ anim animuonyam, nanso AWURADE na obiara atemmuo firi no. Ateneneefoɔ akyiwadeɛ ne busufoɔ, na ɔbɔnefoɔ nso akyiwadeɛ ne deɛ ne kwan yɛ tee.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yake ba Agur nsɛm — Anisoadehunu. Ɔbarima no ka kyerɛ Itiel, Itiel ne Ukal sɛ: Na meyɛ mmoasɛm kyɛne onipa obiara, na nhunumu a onipa wɔ no, na menni bi. Na mensuaa nyansa, na menni ɔkronkronni no ho nimdeɛ. Hwan na waforo akɔ soro na wasiane? Hwan na ɔkura mframa wɔ ne nsam? Hwan na ɔbɔ nsuo boaa, ntoma mu? Hwan na ɔde asase ano nyinaa sisi hɔ? Sɛ wonim a, ne din de sɛn? Na ne ba din de sɛn? Nyankopɔn asɛm nyinaa ho te, ɔyɛ ɛkyɛm ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ. Mfa biribi nka ne nsɛm ho, na wanka w’anim, na wɔanhu wo sɛ ɔtorofoɔ. Nnoɔma mmienu na mesrɛ no wo hɔ, nkame me ansa na mawu: Yi adehuhuo ne atorosɛm firi me ho kɔ akyirikyiri, mma me ohia anaa ahonyadeɛ, ma mennya m’aduane a ɛhia me no menni, na mammee mampa wo manka sɛ: Hwan ne AWURADE? Nanso manni hia manwia adeɛ mamfom me Nyankopɔn din. Nni akoa ho nsekuro nkyerɛ ne wura, na wammɔ wo dua na woanni fɔ. Nnipa bi wɔ hɔ a wɔdome wɔn agya, na wɔnhyira wɔn na. Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ho teɛ wɔ wɔn ara wɔn ani soɔ, nanso wɔntee wɔn ho mfirii wɔn fi mu. Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ani tra wɔn ntɔn sɛ biribi, na wɔamema wɔn anisuatɛtɛ soɔ! Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn se yɛ nkrantɛ, na wɔn dodomse yɛ nsekammoa, a wɔde mmɔborɔfoɔ firi asase soɔ ne ahiafoɔ firi nnipa mu. Amemem wɔ mmammaa baanu a wɔteam sɛ: Fa ma! Fa ma! Nnoɔma mmiɛnsa na ɛmmee da, aane, nnoɔma nnan na ɛnka sɛ: Ɛdɔɔso: Asamando ne ɔyafunu bonin, asase a nsuo mmee no ne ogya a ɛnka sɛ: Ɛdɔɔso. Ani a ɛyi n’agya ahi, na ɛbu ɛna tie animtia no, asubɔnten ho anene bɛtutu, na akɔreɛ mma bɛdi. Nnoɔma mmiɛnsa na ɛyɛ me nwanwa dodoɔ, aane, na nnan deɛ, menhunu: Ɔkɔdeɛ kwan, ewiem, ɔwɔ kwan, ɔbotan so, nsuhyɛn kwan, ɛpo mu, ne ɔbarima kwan, ababaa ho. Sɛ ɔbaa awaresɛeni kwan teɛ nie: Ɔdidi pepa n’ano, na ɔse: Memmɔɔ mmusuo biara. Nnoɔma mmiɛnsa ase na asase wosoɔ, aane, na nnan na ɛntumi nsoa: Akoa a wabɛdi hene ne ogyegyentwie a wadidi ameeɛ, ɔbaa a obi mpɛ no na wanya kunu, ne abaawa a wadi n’awuraa adeɛ. Nnoɔma nnan na ɛsusua asase soɔ, nanso wɔyɛ anyansafoɔ, wɔakyerɛ wɔn nyansa: Ntɛtea, ɔman a wɔnni ahoɔden biara, nanso wɔsiesie wɔn aduane ahuhuberɛ. Nkukuban, ɔman a wɔn ho nyɛ den, nanso wɔyɛ wɔn adan abotan mu. Ntutummɛ nni hene, nanso wɔn nyinaa firi nam akuakuo. Wobɛtumi de wo nsa akyere ɔkoterɛ, nso ahemfo aban mu na ɔteɛ. Nnoɔma mmiɛnsa yi nanteɛ mu yɛ, aane, na nnan kɔbea yɛ fɛ: Gyata, mmoa mu brane a ɔnsane mfiri obiara anim; akodie pɔnkɔ a n’asene amia, ne ɔpapo, ne ɔhene a obi nsɔre ntia no. Sɛ woayɛ nkwaseadeɛ ama wo ho so, na sɛ woabɔ pɔ a, fa wo nsa to w’ano. Na womia nufosudaeɛ a, woyi nufosuo ani sradeɛ, na wokyim ɛhwene a, woyi mogya, saa nso na womia abufuo a, woyi ntɔkwa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɔhene Lemuel nsɛm; ɔkasakyerɛ a ne na de kyerɛkyerɛɛ no. Adɛn, me ba, na adɛn, me yafumma? Na adɛn, me bɔhyɛ ba? Mfa w’ahoɔden mma mmaa, na mfa w’akwan nyɛ deɛ ɛsɛe ahemfo. Ɛnsɛ ahemfo, Lemuel, ɛnsɛ ahemfo, sɛ wɔbɛnom nsa, anaa atitire, sɛ wɔbɛdi nsaden akyire, na wɔannom na wɔn werɛ amfiri mmara a wɔahyɛ, na wɔannane amanehunufoɔ nyinaa nsɛm ani. Fa nsaden ma deɛ ɔresɛeɛ, ne bobesa ma awerɛhofoɔ. Ma no nnom na ne werɛ mfiri ne hia, na wankae n’amaneɛ bio. Bue w’ano ma emum, ma mma a wɔagya wɔn nyinaa asɛm. Bue w’ano, bu atɛntenenee, na di mmɔborɔni ne ohiani asɛm. Ɔyepa, hwan na ɔbɛnya? Nso ne boɔ sene nhwene pa koraa. Ne kunu akoma da ne so, na siadeɛ adeɛ nhia no. Ɔyɛ no yie, na ɔnyɛ no bɔne biara, ne nkwa nna nyinaa. Ɔdwene kuntu ne asaawa ho, na ɔde ne nsa yɛ adwuma fɛ so. Ɔte sɛ odwadini ahyɛn, ɔde n’aduane firi akyirikyiri ba. Adeɛ nnya nkyee a, na wɔasɔre, na wama ne fiefoɔ aduane, na wama ne mmaawa nnwuma. Ɔdwene afuo ho na ɔtɔ, ɔde ne nsa ano aba yɛ bobeturo. Ɔde ahoɔden bɔ n’asene, na ɔhyɛ n’abasa mu den. Ɔte ne dwumadie mu dɛ; ne kanea nnum anadwo. Ɔtene ne nsa sɔ ɔtadua mu, na ne nsateaa sɔ kyekye mu. Ɔbae ne nsam ma mmɔborɔni, na ɔtene ne nsa ma ohiani. Ɔnsuro sukyerɛmma mma ne fiefoɔ, na ne fiefoɔ nyinaa firafira atankɔkɔɔ. Wanwono mmommo afa, ne ntoma yɛ nwera pa ne beredum. Wɔnim ne kunu kuro apono mu, berɛ a ɔte asase no so mpanimfoɔ mu. Ɔpam nkamisaa na ɔtɔn, na ɔde abɔsoɔ ma odwadini. Ahoɔden ne nidie ne n’aduradeɛ, na ɔnsuro mmerɛ a ɛwɔ n’anim. Ɔbue n’ano nyansa mu, na adɔeɛ nkyerɛkyerɛ wɔ ne tɛkyerɛma so. Ɔhwɛ ne fiefoɔ korɔ-ne-ba, na ɔnni aniha aduane. Ne mma sɔre, na wɔfrɛ no nhyira, ne kunu nso, ɔyi no ayɛ sɛ. Mma mmaa pii ayɛ yie, na wo deɛ, wosene wɔn nyinaa. Osoowayɛ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ yɛ ahuhudeɛ, ɔbaa a ɔsuro AWURADE na wɔbɛyi no ayɛ. Momma no ne nsa ano aba bi, na ne nneyɛɛ nyi no ayɛ kuro apono mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Hilkia ba Yeremia a ɔfiri asɔfoɔ a wɔwɔ Anatot, Benyamin asase soɔ no mu no nsɛm nie. Ɔno na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba berɛ soɔ, n’ahennie afe a ɛtɔ so dummiɛnsa mu. Na ɛbaa Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba berɛ so nso, de bɛsii Yudahene Sedekia a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so dubaako awieeɛ, de bɛsii Yerusalem tuo a wɔtuu wɔn kɔeɛ, bosome a ɛtɔ so nnum mu no so. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Mennya mennwonoo wo ɔyafunu mu no, na menim wo, na wonnya mfirii adi mfirii awotwaa mu no, na metee wo ho; mesii wo odiyifoɔ memaa amanaman. Ɛnna mekaa sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn! Nokorɛ, mennim kasa, ɛfiri sɛ meyɛ abɔfra. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nka sɛ: Meyɛ abɔfra; na mmom baabiara a mɛsoma woɔ no, kɔ, na asɛm biara a mɛka akyerɛ woɔ no, ka. Nsuro wɔn anim, na wo deɛ, mɛdi w’akyi, na mɛgye wo, AWURADE asɛm nie. Na AWURADE tenee ne nsa kaa m’ano. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Afei mede me nsɛm mahyɛ w’anomu. Hwɛ, ɛnnɛ da yi mede wo asi amanaman ne ahennie ahodoɔ so, na woatutu na woabubu, na woasɛe na woabutu, na woasi na woatɛ nso. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Yeremia, ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Mehu sorɔno abaa bi. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Woahunu ampa; na merekanyan me ho m’asɛm ho, na mayɛ. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn ne mprenu so sɛ: Ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Ɛsɛn a ɛrehuru na mehunu, na ɛpue atifi fam. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Atifi fam nso na mmusuo bɛfiri aba asase no sofoɔ nyinaa soɔ. Na hwɛ, mɛfrɛ atifi fam ahennie mmusua nyinaa, AWURADE asɛm nie, na wɔn nyinaa aba de wɔn adwa abɛsisi Yerusalem aponkɛseɛ ano, ne n’afasuo nyinaa ho ahyia, ne Yuda nkuro nyinaa ho. Na mabu wɔn wɔn bɔne nyinaa ho atɛn, sɛ wɔagya me, na wɔahye aduhwam ama anyame foforɔ, na wɔakoto asɔre wɔn nsa ano nnwuma. Enti wo deɛ, bɔ w’abɔsoɔ; na sɔre ka deɛ mɛhyɛ woɔ nyinaa kyerɛ wɔn. Mma wo ho mmpopo wɔ wɔn anim, na mamma wo ho ampopo wɔ wɔn anim. Na me deɛ, hwɛ, ɛnnɛ mede wo mayɛ kuro a ɛyɛ den ne dadeɛ dum ne kɔbere mfrafraeɛ afasuo atia asase nyinaa: Yuda ahemfo, wɔn asafohene, wɔn asɔfoɔ ne asase no so nkurɔfoɔ. Na wɔne wo bɛdi ako, nanso wɔrentumi wo, ɛfiri sɛ meka wo ho, na mɛgye wo, AWURADE asɛm nie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Kɔ na kɔpae gu Yerusalem aso mu sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Mekae wo mmabaaberɛ mu adɔeɛ, w’ayeforɔ berɛ mu dɔ no, m’akyiri a wodiiɛ wɔ ɛserɛ soɔ, asase a wɔnnua so adeɛ no so. Israel yɛɛ kronkron maa AWURADE, ɛyɛ ne nnɔbaeɛ mu aduanekan; wɔn a wɔdiiɛ nyinaa dii fɔ; mmusuo baa wɔn so, AWURADE asɛm nie. Montie AWURADE asɛm, O Yakob fiefoɔ ne Israel fie mmusua nyinaa. Sɛ AWURADE seɛ nie: Bɔne bɛn na mo agyanom hunuu no me ho a enti wɔfirii me ho kɔɔ akyirikyiri na wɔkɔdii ahuhudeɛ akyi na wɔadanedane hunu yi? Na wɔanka sɛ: AWURADE a ɔyii yɛn firii Misraim asase soɔ, na ɔmaa yɛfaa serɛ soɔ, nkyɛkyerɛ ne amena asase soɔ, pɛsɛɛyɛ ne esum kabii asase soɔ, asase a obi mfa soɔ na onipa bi nte soɔ no wɔ hen? Na mede mo mebaa turo asase so, sɛ monni ɛso aba ne ɛso nnepa. Nanso mobaeɛ no, mobɛguu m’asase ho fi, na mode m’agyapadeɛ yɛɛ akyiwadeɛ. Asɔfoɔ no ammisa sɛ: Ɛhe na AWURADE wɔ? Na mmarakyerɛfoɔ no nnim me, na ahwɛfoɔ no afom me, na adiyifoɔ no nam Baal so hyɛɛ nkɔm, na wɔdii nnoɔma a ɛho nni mfasoɔ akyi. Enti me ne mo da so ham, AWURADE asɛm nie, na me ne mo mma mma bɛham. Na montwam nkɔ Kiprofoɔ nsupɔ so nkɔhwɛ, na monsoma nkɔ Kedar nkɔpeepee mu yie, na monhwɛ sɛ adeɛ a ɛte sei aba hɔ pɛn anaa? Ɔman bi asakyera n’anyame, anyame a wɔnyɛ anyame? Nanso me man de n’animuonyam asesa deɛ ɛho nni mfasoɔ. Momma yei nyɛ mo nwanwa, ɔsoro, ahodwirie ne nketenkete nkuta mo, AWURADE asɛm nie. Na bɔne mmienu na me man ayɛ: Wɔagya me a meyɛ nkwa asutire no, sɛ wɔrekɔbɔre mmura a apaepae a ɛntumi nkura nsuo. Israel yɛ akoa? Ɔyɛ efienipa? Adɛn nti na wadane fomfa adeɛ yi? Gyataburuwa bobom na wɔpɔ so wɔ ne so; na wɔayɛ n’asase amamfo, wɔahyehye ne nkuro, na obi nte mu. Memfis ne Tapanes mma nso asɛe w’ahenkyɛ. Ɛnyɛ wo ara na wode yei baa wo soɔ, sɛ wogyaa AWURADE wo Nyankopɔn, berɛ a ɔde wo nam ɔkwan no soɔ no? Na afei ɛdeɛn na wobɛnya no Misraim korɔ mu, a enti worekɔ akɔnom Nil mu nsuo yi? Anaasɛ ɛdeɛn na wobɛnya no Asiria korɔ mu a enti worekɔ akɔnom Eufrate mu nsuo yi? Wo bɔne bɛtwe w’aso, na wo nsaneakyire atwi w’anim, na hunu na hwɛ sɛ gya a wogyaa AWURADE wo Nyankopɔn, ne me ho hu a wonnie no so aba ne awerɛhoɔ. AWURADE, asafo AWURADE asɛm nie. Na mefiri teteete na mebubuu wo kɔnnua tetee wo nkyehoma mu, na wokaa sɛ: Merensom! Ɛfiri sɛ nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase na woda bɔ adwaman. Na me deɛ, metɛɛ wo sɛ bobe pa, wofiri deɛ ɛyɛ nko ara mu. Na ɛyɛɛ dɛn na woadane me amannɔne bobe nhoma yi? Na mpo sɛ wode dɔw dware, na wofa samina ma no dɔɔso a, w’amumuyɛ yɛ m’anim nkekaeɛ ara, AWURADE NYANKOPƆN asɛm nie. Ɛyɛ dɛn na woka sɛ: Me ho nguu fi, Baalim akyiri nso mennii? Hwɛ wo kwan bonhwa no mu, hunu deɛ woayɛ. Yomabereɛ a wagyigya, a ɔkontonkonton ne kwan, wura mu afunumu a ɛserɛ so akokwa no a ne kra akɔnnɔ mu ɔsɔ mframa no, hwan na ɔbɛsianka no? Wɔn a wɔhwehwɛ no nyinaa remmrɛ, ne bosome mu na wɔbɛhu no. Kata wo nan ho, na anna hɔ ne wo mene nso, na sukɔm anne wo. Na wo deɛ, wokaa sɛ: Ɔkwa! Dabi! Na madɔ ananafoɔ, na wɔn akyiri na mɛdie. Sɛdeɛ wɔkyere owifoɔ a n’ani wuo no, saa na Israel fie ani bɛwuo, wɔn, wɔn ahemfo, wɔn asafohene ne wɔn asɔfoɔ ne wɔn adiyifoɔ a wɔka kyerɛ dua sɛ: M’agya ne wo, ne ɔboɔ nso sɛ: Wo na wowoo me, no; ɛfiri sɛ wɔadanedane wɔn akyiri akyerɛ me, na ɛnyɛ wɔn anim; na wɔn amanehunu berɛ mu deɛ, wɔka sɛ: Sɔre na gye yɛn. Na ɛhe na w’anyame a woyɛ faeɛ no wɔ? Ma wɔnsɔre, sɛ wɔbɛtumi agye wo, w’amanehunu berɛ mu anaa? Na sɛdeɛ wo nkuro dodoɔ teɛ no, saa ara na w’anyame dodoɔ teɛ, O Yuda! Ɛdeɛn nti na monwiinwii tia me? Mo nyinaa moayɛ me dɔm, AWURADE asɛm nie. Kwa ara kwa na mepiraa mo mma; wɔannye atenetene. Mo afena akunkum mo adiyifoɔ sɛ gyata a ɔsɛe adeɛ. Mo, nnɛɛmma, montie AWURADE asɛm. Madane ɛserɛ so ama Israel, anaasɛ asase a aduru sum kabii? Ɛdeɛn nti na me man ka sɛ: Yɛafa yɛn ho adi, yɛremma wo nkyɛn bio? Ababaa werɛ bɛfiri n’ahyehyɛdeɛ, anaa ayeforɔ werɛ bɛfiri n’atadeɛ? Nanso me man deɛ, wɔn werɛ afiri me nna a wɔntumi nkan. Hwɛ sɛdeɛ wosiesie wo kwan de pɛ adɔfoɔ! Ɛno nti nso mmaa bɔne mpo woakyerɛ wɔn w’akwan. Nso w’atadeɛ mmuano mu na wɔhunu ahiafoɔ a wɔdi bem no mogya. Ɛwom sɛ woanhunu sɛ wɔrebubu adan kɔ mu, nanso yeinom nyinaa akyiri no woka sɛ: Medi bem. Ampa ara, n’abufuo adane afiri me so. Hwɛ, me ne wo bɛdi, sɛ woka sɛ: Menyɛɛ bɔne, no nti. Hwɛ sɛdeɛ wonenam kwa danedane wo kwan! Misraim ho nso w’ani bɛwu, sɛdeɛ w’ani wuu Asiria ho no. Ɛhɔ nso na wobɛfiri aba a wode wo nsa agu wo tire, ɛfiri sɛ AWURADE apa wɔn a wode wo ho to wɔn soɔ no, na worenni yie wɔn nkyɛn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE se: Sɛ ɔbarima bi gyae ne yere, na ɔfiri ne nkyɛn kɔyɛ ɔbarima foforɔ bi deɛ a, ɔbarima no bɛsane akɔ ne nkyɛn bio anaa? Anka ɛnyɛ efi na ɛbɛka asase no anaa? Na wo deɛ, wo ne adɔfoɔ bebree abɔ adwaman deɛ, nanso wobɛsane aba me nkyɛn anaa? AWURADE asɛm nie. Ma w’ani so kyerɛ nkokoɔ pataa so, na hwɛ! Ɛhe na wonguu wo ho fi? Akwankyɛn na wote twɛn wɔn, sɛ ɛserɛ so Arabni, na wode w’adwamammɔ ne wo nnebɔne agu asase no ho fi. Enti asusɔ atwa na bereamporɔsuo ntɔ. Nanso w’anim te sɛ ɔbaa dwamamfoɔ deɛ ara na wonnim aniwuo. Afei deɛ womfrɛɛ me sɛ: M’agya, me mmabaaberɛ mu adamfoɔ ne wo. Ɔde bɛhyɛ ne yam akɔsi daa anaa? Ɔbɛfa abufuo akɔsi aseɛ? Hwɛ, woka no saa deɛ, nanso woayɛ nnebɔne a wobɛtumi nyinaa. Na AWURADE ka kyerɛɛ me Ɔhene Yosia berɛ so sɛ: Woahunu deɛ ɔkobɔfoɔ Israel ayɛ yi? Wakɔ bepɔ biara a ɛkorɔn so ne dua biara a ayɛ frɔmm ase akɔbɔ adwaman wɔ hɔ. Na mese, ɔyɛ yeinom nyinaa wie a, ɔbɛsane aba me nkyɛn, nanso wansane, na ne nuabaa sansani Yuda hunui. Ɔhunuu sɛ ɔkobɔfoɔ Israel awaresɛeɛ nti na megyae no maa no awaregyaeɛ nwoma deɛ, nanso ne nuabaa sansani Yuda ansuro, na ɔno nso kɔ kɔbɔɔ adwaman. Na adwamammɔ a wammu no hwee nti, ɔguu asase no ho fi, na ɔne ɔboɔ ne dua too awadeɛ. Na yei nyinaa mu mpo ne nuabaa kɔnkɔnsani Yuda amfa n’akoma nyinaa ansane amma me nkyɛn, ɔbɛdaadaa me, AWURADE asɛm nie. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ɔkobɔfoɔ Israel kra tene sene ɔkɔnkɔnsani Yuda. Kɔ na kɔpae saa nsɛm yi kyerɛ atifi fam sɛ: Sane w’akyi, ɔkobɔfoɔ Israel! AWURADE asɛm nie. Meremmuna menkyerɛ mo bio, na ɔdomfoɔ ne me, AWURADE asɛm nie. Meremfa menhyɛ me yam nkɔsi daa. Hunu w’amumuyɛ no nko, sɛ AWURADE wo Nyankopɔn na woafom no, na woakyini aduru ananafoɔ nkyɛn, dua biara a ɛyɛ frɔmm ase, na me nne deɛ, moantie, AWURADE asɛm nie. Mma akyirisanfoɔ, monsane mmra, AWURADE asɛm nie, na mene mo wura; na mɛfa mo, kuro biara mu, ɔbaako, na abusua biara mu, baanu, na mede mo aba Sion. Na mɛma mo ahwɛfoɔ sɛdeɛ m’akoma pɛ, na wɔde nhunumu ne nimdeɛ ayɛne mo. Na sɛ modɔɔso na mo ase kyene asase no so a, saa berɛ no, AWURADE asɛm nie, wɔrenka bio sɛ: AWURADE apam adaka! Na ɛremma akoma mu, na wɔrenkae, na wɔrenhwehwɛ, na wɔrenyɛ bi bio. Ɛberɛ no mu na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ AWURADE ahennwa, na amanaman nyinaa abɛhyiam ne nkyɛn, ama AWURADE din wɔ Yerusalem, na wɔremfa asoɔden nni wɔn akoma bɔne akyi bio. Nna no mu na Yuda fie ne Israel fie bɛbom ananteɛ, na wɔafiri atifi fam asase so aba asase a mede memaa wɔn agyanom dii soɔ no so. Na mese: Mede wo bɛsi me mma mu, na mede asase a ɛyɛ fɛ, amanaman asafo animuonyam apɛgyadeɛ, mama wo. Na mese: Mobɛfrɛ me sɛ: M’agya, na morensane mfiri m’akyiri bio. Ampa, sɛdeɛ ɔbaa kɔnkɔnsani twa ne dɔfoɔ nkontompo no, sɛdeɛ mo, Israel fie, moatwa me nkontompo ne no, AWURADE asɛm nie. Wɔte nne bi nkokoɔ pataa so, Israel mma su ne nkotosrɛ, sɛ wɔakonton wɔn kwan, wɔn werɛ afiri AWURADE wɔn Nyankopɔn no. Monsane mo akyi, mma akyirisanfoɔ, mɛyɛ mo akyirisan no aduro. Hwɛ, yɛn nie, yɛreba wo nkyɛn, na wone AWURADE yɛn Nyankopɔn. Ampa ara, nkokoɔ ne mmepɔ so hooyɛ yɛ ɔkwa. Ampa ara, AWURADE yɛn Nyankopɔn mu na Israel nkwagyeɛ wɔ. Na aniwudeɛ no amene deɛ yɛn agyanom brɛɛ ho no firi yɛn mmabunu berɛ: Wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa. Momma yɛnneda yɛn aniwuo mu, na yɛn ahohora nkata yɛn so, sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn na yɛayɛ no bɔne, yɛne yɛn agyanom firi yɛn mmɔfraase de abɛduru nnɛ da yi, na yɛantie AWURADE yɛn Nyankopɔn nne.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
O Israel, sɛ wosane w’akyiri a, AWURADE asɛm nie, me nkyɛn na sane bra. Na sɛ woyi w’akyiwadeɛ firi m’anim a, worenhinhim, na sɛ woka ntam sɛ: AWURADE teasefoɔ nokorɛ mu, atemmuo ne tenenee mu a, amanaman ahyirahyira wɔn ho wɔ ne mu, na ɔno mu wɔahyehyɛ wɔn ho. Na sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛ Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ nie: Monnɔ asase foforɔ mfa, na monngu nwerɛ wɔ mu. Montwitwa mo ho twetia mma AWURADE, na monyi mo akoma momonoto, Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ, anyɛ saa a, m’abufuo bɛfiri sɛ ogya abɛhye a obiara nni hɔ a ɔbɛdum no, mo nneyɛɛ mu bɔne ntira. Monka wɔ Yuda, momma wɔnte wɔ Yerusalem, mommɔ din, monhyɛne totorobɛnto asase no so, monteam mma no nyɛ den, na monka sɛ: Mommoaboa mo ano mma yɛnkɔ nkuro a ɛyɛ den mu. Monsi frankaa nkyerɛ Sion fam, mommɔ mo ho adwaa, monnnyina hɔ, na adebɔne na merema no afiri atifi fam aba ne ɔsɛeɛ kɛseɛ. Gyata bi afiri ne dɔtɔ mu reba, na amanaman sɛefoɔ afiri adi; watu afiri ne tenabea reba, sɛ ɔrebɛyɛ w’asase no amamfo, na wo nkuro abobɔ a obi nte mu bio. Yei nti momfira ayitoma, montwa agyaadwo na mommɔ bena denden, ɛfiri sɛ AWURADE abufuhyeɛ no nnane mfirii yɛn so! Na ɛbɛba sɛ da no, AWURADE asɛm nie, ɔhene ne asafohene akoma bɛtu, na asɔfoɔ no ho adwiri wɔn, na adiyifoɔ ani so ayɛ wɔn yaa. Na mese: Ao, AWURADE Nyankopɔn, ampa ara woadi ɔman yi ne Yerusalem hwammɔ sɛ woka sɛ: Asomdwoeɛ bɛba ama mo, nanso afena da mene mu! Ɛberɛ no mu na wɔbɛka akyerɛ ɔman yi ne Yerusalem sɛ: Mframa a emu yɛ hyeɛ bɛfiri anwea pradada so mpampa so afa me man ababaa kwan so aba, ɛnyɛ deɛ ɛbɛpo soɔ anaa deɛ ɛbɛhu soɔ, mframa a emu yɛ den sene saa firi hɔnom ara bɛba ama me. Afei me na meka atemmusɛm gu wɔn soɔ. Hwɛ! Ɔreforo aba sɛ mununkum, na ne nteaseɛnam te sɛ mframa a ɛdi kyinhyia; n’apɔnkɔ ho yɛ hare sene akɔdeɛ. Yɛnnue! Na yɛawie sɛe! Hohoro w’akoma ho firi bɔne mu, O Yerusalem, na wɔagye wo. Da bɛn na w’abusudwene ntena wo mu nkɔsie? Na obi nne team firi Dan, na ɔma wɔte mmusuo nka firi Efraim bepɔ so. Mommɔ amanaman no kɔkɔ sɛ ɔreba; momma wɔnte wɔ Yerusalem. Atɛfoɔ firi akyirikyiri asase so reba, na wɔrebɛma wɔn nne so Yuda nkuro so. Wɔasɔre atia no atwa ne ho ahyia sɛ mfuo awɛmfoɔ, ɛfiri sɛ wate me so atua, AWURADE asɛm nie. Wo kwan ne wo nneyɛɛ na ama yeinom aba wo soɔ, yei ne w’atemmuo na ɛyɛ nwono na ɛduru w’akoma mu pɛɛ. Me yam hyehye me, me yam hyehye me! Merebrɛ yea mu! O m’akoma afasuo mu! M’akoma pere me, mentumi memmua m’ano. Ɛfiri sɛ mete totorobɛntohyɛn, ɔko mu sebɔ. Abuo bɔ abuo so, asase no nyinaa asɛe. Mpofirim na me ntomadan asɛe, me ntwamutam asɛe amonom. Ɛnkɔsi da bɛn na menhunu frankaa na mente totorobɛntohyɛn? Ɛfiri sɛ me man agyimi. Wɔnnim me, wɔyɛ mma nkwaseafoɔ, na wɔnni nhunumu. Wɔyɛ bɔne ho anyansafoɔ, na papayɛ deɛ, wɔnnim. Mehwɛɛ asase, na hwɛ, na ɛyɛ sakasaka ne amamfo. Na mehwɛɛ ɔsoro, na ne hann nni hɔ. Mehwɛɛ mmepɔ, na hwɛ, na ɛrewoso, na nkokoɔ nyinaa rehinhim. Mehwɛe, na hwɛ, na onipa biara nni hɔ, na ewiem nnomaa nyinaa atutu kɔ. Mehwɛe, na hwɛ, na mfuo adanedane anwea pradada, na ɛso nkuro nyinaa abubu, AWURADE anim, n’abufuo a emu yɛ hyeɛ no anim. Na sɛ AWURADE seɛ nie: Asase no nyinaa bɛdane amamfo, nso wie deɛ, merenwie no sɛe. Ɛno nti na asase di abooboo na ɔsoro biri tumm wɔ soɔ, ɛfiri sɛ maka, mabɔ me tirim, na merennu me ho, na merensane memfiri ho. Apɔnkɔfoɔ ne agyantofoɔ kitikitiyɛ nti kuro no nyinaa dwane. Wɔhyɛnehyɛne adɔtɔ mu, na wɔforo abotan. Nkuro nyinaa adeda mpan, na obiara nte mu bio. Na wo nso, wo a wɔasɛe woɔ yi, worekyerɛ sɛn ni na wofira tam kɔkɔɔ, na wode sika ahyehyɛdeɛ hyehyɛ wo ho, na wode adubire keka w’ani yi? Ɔkwa ara kwa na wohyehyɛ wo ho fɛfɛɛfɛ. Adɔfo apo wo, wɔrepɛ wo aku wo. Na metee nne a ɛte sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ deɛ, ahohiahia a ɛte sɛ ɔbaa a ɔrebone awoɔ deɛ, Sion babaa nne, ɔsi apini, ɔtrɛ ne nsam sɛ: Mennue! Na me kra atɔ awudifoɔ nsam piti.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Montu mmirika nkyini Yerusalem mmorɔno so, na monhwɛ ɛ, na monhunu, na monhwehwɛ ne mmɔntene so, sɛ mobɛhunu onipa bi, sɛ obi wɔ hɔ a ɔdi asɛntenenee, na ɔhwehwɛ nokorɛ, na memfa nkyɛ no. Ɛwom sɛ wɔka sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi deɛ, nanso ntam hunu na wɔkeka. O AWURADE, w’ani nsa nokorɛ anaa? Wobobɔ wɔn, nanso wɔnte yea biara; wodwɛre wɔn, nanso wɔpo atenetene. Wɔahyɛ wɔn anim den sene ɔbotan, na wɔmpɛ sɛ wɔnu wɔn ho. Ɛnna mese: Yeinom yɛ mmɔborɔfoɔ, nkwaseafoɔ ne wɔn, ɛfiri sɛ wɔnnim AWURADE kwan ne wɔn Nyankopɔn mmara. Mɛkɔ nnipa akɛseɛ nkyɛn makɔkasa akyerɛ wɔn, ɛfiri sɛ wɔn na wɔnim AWURADE kwan ne wɔn Nyankopɔn mmara no. Nanso wɔn nyinaa abubu kɔnnua no atete nkyehoma no mu. Saa nti kwaeɛ mu gyata bɛkum wɔn, anwea pradada so pataku bɛsɛe wɔn, ɔsebɔ rewɛn wɔn nkuro ho. Obiara a ɔbɛfiri adie no, wɔbɛtete no asinasini. Na wɔn mmarato dɔɔso, na wɔn akyirisan no so. Yei deɛ, ɛbɛyɛ dɛn na mede bɛkyɛ woɔ? Wo mma agya me, na wɔkeka wɔn a wɔnyɛ anyame ntam. Na mema wɔmee mpo a, wɔsɛe awadeɛ ara, na wɔbɔ yuu kɔ nnwamamfoɔ fie. Wɔte sɛ apɔnkɔnini abrane a wɔkɔ anwan, wɔpore wɔn hwene mu wɔ wɔn mfɛfoɔ yerenom ho. Merentua yeinom so ka anaa? AWURADE asɛm nie, anaasɛ merentɔ were ɔman a ɛte sɛɛ so anaa? Momforo n’afasuo na monsɛe ne nyinaa, nanso monnsɛe no nnwie mompempane ne mman, na wɔnyɛ AWURADE dea. Ɛfiri sɛ Israel fie ne Yuda fie atwa me nkontompo, AWURADE asɛm nie. Wɔadi torɔ AWURADE ho aka sɛ: Ɔrenyɛ hwee. Na bɔne biara remma yɛn so, na yɛrenhunu afena anaa ɛkɔm. Na adiyifoɔ no bɛdanedane mframa a asɛm biara nni wɔn anomu. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ wɔn ne no. Enti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn no seɛ nie: Ɛsiane sɛ moka saa asɛm yi nti, hwɛ, merema me nsɛm ayɛ ogya w’anomu, na ɔman yi adane nnyina, na ogya ahye wɔn. Hwɛ, mede ɔman bi mefiri akyirikyiri mereba mo so, Israel fie, AWURADE asɛm nie. Ɔman a wɔyɛ ɔmantease, ɔman a wɔfiri teteete, ɔman a wonnim wɔn kasa, na wonte deɛ wɔka no aseɛ. Wɔn agyan kotokuo te sɛ damena a ano da hɔ, wɔn nyinaa yɛ nnɔmmarima. Na wɔbɛdi wo nnɔbaeɛ ne w’aduane; wɔbɛkum wo mmammarima ne wo mmammaa, na wɔbɛdi wo nnwan ne w’anantwie, wɔbɛdi wo bobe ne w’aborɔdɔma, na wɔde afena abobɔ wo nkuro a ɛyɛ den a wode wo ho too soɔ no. Nanso saa nna no mu nso, AWURADE asɛm nie, merensɛe mo menwie. Na sɛ wo nkurɔfoɔ ka sɛ: Adɛn nti na AWURADE yɛn Nyankopɔn ayɛ yɛn saa adeɛ yi nyinaa a? Wobɛka akyerɛ wɔn sɛ: Sɛdeɛ moagya me, na moakɔsom amannɔne anyame mo asase soɔ no, saa ara nso na mobɛsom ahɔhoɔ, asase bi a ɛnyɛ mo deɛ soɔ. Monka yei Yakob fie, na momma wɔnte no Yuda sɛ: Montie yei ɛ, ɔman nkwaseafoɔ a wɔnni tire, wɔwɔ ani, nso wonhunu adeɛ, wɔwɔ aso, nso wɔnte asɛm. Monsuro me? AWURADE asɛm nie, anaasɛ mo akoma ntu m’anim? Me a mede anwea meto po ano hyeɛ, daa hyeɛ a ɛntumi ntra; na sɛ mpo n’asorɔkyeɛ bɔ a, ɛntumi no, na sɛ ɛhuru sɛ deɛn ara a, ɛntumi ntra. Na ɔman yi wɔ atuateɛ ne asoɔden akoma; wɔte atua, na wɔkɔ; na wɔnka no wɔn akoma mu sɛ: Momma yɛnsuro AWURADE yɛn Nyankopɔn, na ɔno na ɔma osuo tɔ wɔ ne berɛ mu, asusɔ ne bereamporɔsuo, ɔhwɛ twaberɛ nnapɛn a wahyɛ no so ma yɛn. Mo amumuyɛ na ama yeinom adane, na mo bɔne na ama adepa abɔ mo. Ɛfiri sɛ wɔhunu abɔnefoɔ me man mu; wɔtetɛ sɛdeɛ nnomaayifoɔ butubutuo; wɔsunsum mfidie yiyi nnipa. Sɛdeɛ nnomaa hyɛ kɛntɛn ma no, sɛ nsisie ayeyɛ wɔn afie mu ma ma ne no. Enti wɔayɛ akɛseɛ na wɔanya wɔn ho. Wɔadodɔre sradeɛ, wɔn ho srasra. Nso wɔdi nsɛmmɔne tra so, wɔmmu atɛntenenee, wɔnni nwisiaa asɛm, na ama wɔadi yie; na ahiafoɔ nso wɔmmu atɛn mma wɔn. Merentua yeinom so ka anaa? AWURADE asɛm nie, anaasɛ merentɔ ɔman a ɛte sei so were? Ahobodeɛ ne ahodwirideɛ na wɔayɛ no asase no soɔ. Adiyifoɔ hyɛ nkɔntorɔ, na asɔfoɔ nam wɔn pɛ so di wɔn koko so asɛm; me man nso pɛ no saa, nanso n’awieeɛ no mobɛyɛ no dɛn?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
O Benyamin mma, mommɔ mo ho adwaa mfiri Yerusalem! Na monhyɛne totorobɛnto wɔ Tekoa, na monsi frankaa Bet-hakerem! na adebɔne bi ne ɔsɛeɛ kɛseɛ repue afiri atifi fam. Ɔhoɔfɛni a ɔdɔ ne ho no, Sion babaa no, mɛtwa no atwene. Mmoahwɛfoɔ ne wɔn mmoakuo bɛba ne so; wɔbɛsisi wɔn ntomadan atwa ne ho ahyia, na wɔn mu biara adidi n’afa. Monkyere ne so ɔsa, monsɔre mma yɛnkɔtoa no awia ketee. Yɛnnue, na adeɛ resa, na anwummerɛ sunsum mu atwe. Monsɔre mma yɛnkɔtoa no anadwo, na yɛnkɔsɛe n’ahemfie no. Na sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Mommu Yerusalem nnua ngu, na monhɔre ho epie, ɛyɛ kuro a ɛsɛ asotwe, amimdie nko ara na ɛwɔ mu. Sɛdeɛ asubura mu nsuo pu ba no, sɛ ne bɔne nso pu ba ne no; wɔte atirimuɔden ne nhyɛsoɔ nka wɔ mu, yadeɛ ne akuro wɔ m’anim daa. O, Yerusalem, ma wɔnkyerɛkyerɛ wo, na me kra antwe amfiri wo ho, na mamma woannane amamfo, asase a obiara nte soɔ. Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Wɔbɛdi Israel nkaeɛ ho mpɛpɛ sɛ obobe ho. Himahima wo nsa kɔ nkɛntɛn mu sɛ obobe abatefoɔ. Hwan na menkasa menkyerɛ no, na memmɔ no kɔkɔ, na wɔate? Hwɛ, wɔn aso asisi, na wɔntumi ntie asɛm; hwɛ, AWURADE asɛm adane wɔn ahohoradeɛ, ɛnyɛ wɔn dɛ. Enti AWURADE abufuhyeɛ ahyɛ me ma, mabrɛ ne me ho so hyɛ: Hwie gu mmorɔno so mmotafowa ne mmeranteɛ asafo no nyinaa so; na wɔbɛkyere okunu ne ɔyere nyinaa, akɔkoraa ne deɛ wadi nna ameeɛ. Na wɔn afie bɛyɛ afoforɔ deɛ, nsase ne yerenom nyinaa, ɛfiri sɛ mɛtene me nsa maka asase no sofoɔ, AWURADE asɛm nie. Na ɛfiri wɔn mu akumaa so kɔsi wɔn mu ɔkɛseɛ soɔ, wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ, na ɛfiri odiyifoɔ so kɔsi ɔsɔfoɔ soɔ, wɔn nyinaa yɛ nkontompofoɔ. Na wɔasa me man kuro adwenhare so aka sɛ: Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ! Nso asomdwoeɛ nni hɔ. Wɔn ani wuu akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ no ho? Dabi, wɔn ani anwu koraa, na wɔn anim nso ansiam: Saa nti wɔbɛtotɔ atɔfoɔ mu, berɛ a mɛba mabɛtwe wɔn aso no, wɔbɛhwehwe ase, AWURADE na ɔseɛ. Sɛ AWURADE seɛ nie: Monkɔgyina akwan so na monhwɛ, na mommisa tete atempɔn no, deɛ ɔkwan pa no wɔ, na momfa so, na monnya home mma mo kra. Nanso wɔse: Yɛremfa so. Na masisi mo so awɛmfoɔ sɛ: Monyɛ aso mma totorobɛnto hyɛne no. Nanso wɔse: Yɛrentie. Ɛno nti, amanaman, montie, na mo asafo, monhunu deɛ ɛrebɛyɛ wɔn. Asase, tie, hwɛ, me na mede bɔne mereba ɔman yi soɔ, wɔn nneyɛɛ so aba no, ɛfiri sɛ wɔanyɛ aso amma me nsɛm, na me mmara nso, wɔapo. Ɛdeɛn na oduhwamfufuo a wɔde firi Seba ba ne ahwedeɛ pa a ɛfiri akyirikyiri asase soɔ no yɛ ma me? Mo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ m’ani na mo kum afɔdeɛ nyɛ me dɛ. Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede suntidua mɛto ɔman yi anim, na wɔasuntisunti wɔ so, agyanom ne mma nyinaa, na fipamni ne ɔyɔnko ayera. Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, ɔman bi firi atifi fam asase so reba, na ɔman kɛseɛ bi akanyan ne ho firi asase anoano tɔnn, wɔkurakura tadua ne pɛmɛ, wɔn tirim yɛ den na wɔnni atimmɔborɔ; wɔn nne te sɛ ɛpo huuyɛ, na wɔtete apɔnkɔ so; wɔamia sɛ akofoɔ, sɛ wɔne wo, Sion babaa, rebɛko. Yɛate wɔn nka, yɛn nsam ago, yɛn ho yera yɛn, sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ. Mfiri adi nkɔ wiram, na nnante ɔkwan so; na ɔtamfoɔ kura afena, ehu atwa wo ho ahyia. O me man babaa, fira ayitoma na yantam nso mu; twa adwo a ɛte sɛ ɔbakorɔ ho deɛ, twa agyaadwo a ɛyɛ ya, ɛfiri sɛ mpofirim na ɔsɛefoɔ bɛba yɛn soɔ. Mede wo masi me man a ɛyɛ sikatwa boɔ so twahwɛfoɔ, sɛ hunu na sɔ wɔn akwan hwɛ. Wɔn nyinaa yɛ asoɔdenfoɔ atuatefoɔ, wɔnenam di nsekuro, wɔyɛ kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ ara nko; wɔn nyinaa yɛ nkontompofoɔ. Afa rehu dendeenden, ogya rehye sumpii; wɔbere ho kwa, ɛfiri sɛ wɔnyii abɔnefoɔ mfirii wɔn mu. Wɔfrɛ wɔn dwetɛ a wɔapoɔ, ɛfiri sɛ AWURADE apo wɔn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn, sɛ: Kɔgyina AWURADE fie ponkɛseɛ mu, na kɔpae asɛm yi hɔ ka sɛ: Montie AWURADE asɛm, mo Yudafoɔ nyinaa a mofa aponkɛseɛ yi mu bɛsɔre AWURADE. Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Momma mo akwan ne mo nneyɛɛ nyɛ yie, na mama moatena ha yi. Mommfa mo ho nnto atorosɛm yi so sɛ: AWURADE asɔrefie, AWURADE asɔrefie, AWURADE asɔrefie nie! Na sɛ momma mo akwan ne mo nneyɛɛ yɛ yie ampa, sɛ mobu onipa ne ne yɔnko ntam atɛntenenee, sɛ moanhyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ so, anaasɛ moanhwie mogya a ɛdi bem angu ha yi, na moanni anyame foforɔ akyi amfa anyɛ mo ho bɔne a, ɛno na mɛma moatena ha, asase a mede memaa mo agyanom firi tete sɛ ɛnkɔsi daa no soɔ. Hwɛ, mode mo ho to atorosɛm a ɛnyɛ mma hwee no so. Mobɛbɔ korɔno, adi awu, asɛe awadeɛ, akeka ntanhunu, akɔhye aduhwam ama Baal, akɔdi anyame afoforɔ a monni wɔn akyi, ansa na moaba abɛgyina m’anim efie yi a wɔde me din ato no yi mu na moaka sɛ: Wɔayi yɛn afiri mu, ama moakɔ so ayɛ akyiwadeɛ yi nyinaa anaa? Adwotwafoɔ tu na efie a wɔde me din ato no yi ayɛ mo ani soɔ anaa? Me nso, hwɛ, mahunu, AWURADE asɛm nie. Na monkɔ me tenabea a ɛwɔ Silo a meyii no akane sɛ me din ntena hɔ no, na monkɔhwɛ deɛ me man Israel bɔne no nti mayɛ no. Na afei, ɛsiane sɛ moayɛ yeinom nyinaa, AWURADE asɛm nie, na matua nhema makasa makyerɛ mo, makasa na moantie, na mafrɛ mo nso na moannye soɔ nti, mɛyɛ efie a wɔde me din atoɔ no a mode mo ho to soɔ no ne tenabea a mede memaa mo ne mo agyanom no, sɛdeɛ meyɛɛ Silo no ara, na matoto mo afiri m’anim agu, sɛdeɛ metoo mo nuanom nyinaa, Efraim asefoɔ nyinaa, guiɛ no. Enti wo deɛ, mpa kyɛw biara mma ɔman yi, nso mma wɔn ho abooboodie ne mpaebɔ so na nsrɛ mma wɔn, ɛfiri sɛ merentie wo. Wonhunu deɛ wɔreyɛ Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmorɔno soɔ no anaa? Mma tase nnyina, na agyanom sɔ ogya, na mmaa fete mmɔre sɛ wɔreyɛ taterɛ ama ɔsoro hemmaa no, na wɔagu anyame foforɔ ahwiesa, de yi me abufuo. Me na wɔyi me abufuo? AWURADE asɛm nie, ɛnyɛ wɔn ho na wɔyɛ no sakasaka? Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, wɔbɛhwie m’abufuo ne m’aboɔhyeɛ agu ɛha yi, nnipa ne mmoa, wira mu nnua ne asase so aba so, na adɛre a ɛrennum. Sɛdeɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Momfa mo hyeɛ afɔdeɛ nka mo kum afɔdeɛ ho, na monni nam. Ɛfiri sɛ da a meyii mo agyanom firii Misraim asase soɔ no, manka wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ ho asɛm na manhyɛ wɔn ɛho mmara biara, na mmom asɛm yi ho mmara na mehyɛɛ wɔn sɛ: Montie me, na mɛyɛ mo Onyankopɔn, na mo nso moayɛ me ɔman; na monnante me kwan a mahyɛ mo ho mmara nyinaa so, na awie mo yie. Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔfaa wɔn ara wɔn akwan so, dii wɔn akoma bɔne denyɛ akyi, na wɔsanee wɔn akyi, na wɔankɔ anim. Ɛfiri da a mo agyanom firii Misraim asase so de bɛsi nnɛ da yi, masoma me nkoa, adiyifoɔ no nyinaa, aba mo nkyɛn; daa na metuaa nhema mesomaa wɔn, nanso wɔantie me, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔsenee wɔn kɔn yɛɛ bɔne sene wɔn agyanom. Na woka nsɛm yi nyinaa kyerɛ wɔn a, wɔrentie wo, na wofrɛ wɔn a, wɔrennye wo so. Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Yei ne ɔman a wɔntie AWURADE wɔn Nyankopɔn na wɔnnye atenetene no; nokorɛ asa, na atu afiri wɔn anomu. Yi wo tirinwi gu, na twa mpampa pataa so agyaadwo, na AWURADE apo nnɛɛmmafoɔ a ne bo afu wɔn no, asum wɔn agu. Na Yuda mma ayɛ m’ani so bɔne, sɛ AWURADE seɛ nie, wɔde wɔn akyiwadeɛ asisi efie a wɔde me din atoɔ no mu, de agu ho fi; na wɔasisi Tofet sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Hinom ba bonhwa mu no, de hye wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa ogya mu; nso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmmaa m’adwene mu saa da. Enti sɛ AWURADE seɛ nie, hwɛ, nna bi reba a wɔremfrɛ no Tofet anaa Hinom ba bonhwa bio, na mmom okum bonhwa, na wɔbɛsie nnipa Tofet hɔ, amusiebea a wɔnnya nti. Na ɔman yi afunu bɛyɛ aduane ama ewiem nnomaa ne asase so mmoa, a wɔrennya obi rempam wɔn. Na mɛgu Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmorɔno so ahosɛpɛ nne ne anigyeɛ nne, ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne, ɛfiri sɛ asase no bɛdane amamfo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛberɛ no mu no, AWURADE asɛm nie, wɔbɛsa Yuda ahemfo nnompe, n’asafohene nnompe, asɔfoɔ nnompe, adiyifoɔ nnompe ne Yerusalemfoɔ nnompe afiri wɔn adamena mu, na wɔahata wɔn owia ne ɔsrane ne ɔsoro asafo nyinaa a wɔdɔɔ wɔn, na wɔsomm wɔn, na wɔdii akyire na wɔpɛɛ akyiri kwan na wɔsɔree wɔn no anim. Wɔremmoa ano, na wɔrenkora, ɛbɛyɛ sumina wɔ asase ani. Na abusua bɔne yi mu nkaeɛ a wɔbɛka nyinaa bɛpɛ owuo asene nkwa, wɔ baabiara a metuu wɔn mekɔeɛ no, asafo AWURADE asɛm nie. Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Wɔhwe ase a, wɔnsan nsɔre bio anaa? Anaasɛ wɔmane kɔ a, wɔnsane mma? Ɛdeɛn nti na Yerusalem man yi amane a wɔnsane da? Wɔkura nnaadaa kwan mu pintinn, wɔmpɛ sɛ wɔsane ba. Mawɛn m’aso matie, nso deɛ ɛntene na wɔka. Obiara nni hɔ a ɔnu ne ho wɔ ne bɔne ho ka sɛ: Ɛdeɛn na mayɛ yi? Obiara asi ne kwan so sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrebɔ ahyia dɔm. Asukɔnkɔn a ɔwɔ wiem mpo nim ne berɛ, anyankuku, asomfenakatakyi ne nantwinoma wɛn wɔn ba berɛ, nanso me man deɛ wɔnnim AWURADE ahyɛdeɛ. Nanso na moka sɛ: Yɛyɛ anyansafoɔ, AWURADE mmara wɔ yɛn hɔ? Ampa, hwɛ, atwerɛfoɔ pɛnsere torofoɔ ama no adane atorɔ. Anyansafoɔ ani bɛwu, wɔbɛbɔ binim na wɔakye wɔn. Hwɛ, AWURADE asɛm na wɔapoɔ yi, na nyansa bɛn na wɔwɔ? Ɛno nti mede wɔn yerenom bɛma afoforɔ, na mama ahɔhoɔ afa wɔn mfuo atena so, ɛfiri sɛ ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ soɔ wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ, ɛfiri odiyifoɔ so kɔsi ɔsɔfoɔ soɔ, wɔn nyinaa yɛ nkontompofoɔ. Na wɔsaa me man kuro adwenhare so sɛ: Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ! Nso asomdwoeɛ nni hɔ. Wɔn ani wuu akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ no ho? Dabi, wɔn ani anwu koraa, na wɔn anim nso ansiam. Saa nti wɔbɛtotɔ atɔfoɔ mu, berɛ a mɛba abɛtwe wɔn aso no, wɔbɛhwehwe ase, AWURADE na ɔseɛ. Berɛ a mɛsesa wɔn akorɔ no, AWURADE asɛm nie, wɔrenhunu esia esia bobe ho, anaa borɔdɔma wɔ borɔdɔma nnua so, na ahahan mpo adwinnwan, na deɛ mede memaa wɔn no afiri wɔn nsa. Yɛda so tete hɔ reyɛ dɛn? Mommoaboa mo ho ano, na yɛnhyɛne nkuro a ɛyɛ den mu, na yɛnkɔwuwu wɔ hɔ, na AWURADE yɛn Nyankopɔn adome yɛn ama owuo, na wama yɛn nsuo a borɔ wɔ mu anom, ɛfiri sɛ yɛayɛ AWURADE bɔne. Yɛhwɛɛ asomdwoeɛ kwan, nso biribi pa biara amma, ne ɔyaresa berɛ nso, na hwɛ, akomatuo nko. Wɔte wɔn apɔnkɔ home foofoo firi Dan. Wɔn apɔnkɔnini su dede nti asase no nyinaa woso; ɛfiri sɛ wɔreba abɛdi asase ne ɛso adeɛ nyinaa, nkuro ne wɔn a wɔte mu. Na hwɛ, merema awɔ, nhuritia a ntafowayie biara ntumi wɔn aba mo mu, na wɔabɛkeka mo, AWURADE asɛm nie. Mennya m’awerɛhoɔ mu awerɛkyekyerɛ, m’akoma aboto wɔ me mu. Tie, me man babaa sufrɛ nne firi akyirikyiri asase so: AWURADE nni Sion, anaasɛ ne hene no nni mu bio? Ɛdeɛn nti na wɔde wɔn ahoni ne amannɔne abosom no ahuru me boɔ? Twaberɛ atwam, aduabateɛberɛ asa, na yɛn deɛ, wɔnnyee yɛn. Me man babaa kuro nti mayɛ siamoo, mayɛ kusuu, ahodwirie akuta me. Aduhwam biara nni Gilead, anaasɛ ɔyaresafoɔ biara nni hɔ? Na adɛn nti na wɔnnya nsaa me man babaa no yadeɛ?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
O sɛ me tiri yɛɛ nsuo na m’ani yɛɛ nisuo abura a, anka mɛsu me man babaa wuo no awia ne anadwo. Sɛ merenya akwantemfoɔ asoɛeɛ wɔ anwea pradada so ɛ! Anka mɛgya me man hɔ, na mafiri wɔn nkyɛn makɔ! ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ, nkɔnkɔnsafoɔ asafo. Na wɔkuntunu wɔn tɛkyerɛma de yɛ wɔn tadua atorɔ na ɛnyɛ nokorɛ na atim wɔ asase no so, na wɔfiri bɔne mu kɔ bɔne mu, na me deɛ, wɔnnim me, AWURADE asɛm nie. Monhwɛ mo ho yie mo ayɔnkofoɔ ho, na obiara mmfa ne ho nnto onua biara so, na onua biara, nsisie ara na ɔsisie, na ɔyɔnko biara nam di nsekuro. Na wɔn nyinaa twitwa wɔn mfɛfoɔ nkontompo, na nokorɛ deɛ, wɔnka. Wɔma atorosɛm ka kokwa wɔn tɛkyerɛma so, wɔdi abɔnefosɛm, na wɔnnu wɔn ho. Wo tenabea wɔ nnaadaa ntam; nnaadaa nti wɔmpɛ sɛ wɔhu me, AWURADE asɛm nie. Enti sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mɛnane wɔn na masɔ wɔn mahwɛ, na menyɛ dɛn, me man babaa no ho? Wɔn tɛkyerɛma yɛ agyan a ɛkum nipa, nnaadaasɛm na ɛka; wɔde wɔn ano ka asomdwoeɛsɛm kyerɛ ɔyɔnko, na wɔn mu deɛ, wɔtetɛ no. Meremmɛtwe wɔn aso wɔ yei nti anaa? AWURADE asɛm nie, anaasɛ me kra rentɔ ɔman a wɔte sɛɛ no so were? Mmepɔ no nti, metue esu ne benabɔ mu, na ɛserɛ so adidibea no nti, meto esu dwom, ɛfiri sɛ ahye na obiara mfa hɔ, na wɔnte mmoakuo nne bio, ewiem nnomaa ne afieboa nyinaa atutu kɔ. Na mɛyɛ Yerusalem nkunkumaboɔ akuakuo, ɛserɛ so kraman tenabea, na madane Yuda nkuro amamfo a obiara nte hɔ. Hwan ne ɔba nyansafoɔ a ɔbɛte yei aseɛ? Na hwan ne deɛ AWURADE ano akasa akyerɛ no a ɔbɛka? Ɛdeɛn nti na asase no asɛeɛ, ahye sɛ ɛserɛ, na obiara mfa soɔ? Na AWURADE se: Ɛfiri sɛ wɔagya me mmara a mede mesii wɔn anim, na wɔantie me, na wɔannante mu ntira. Na wɔdii wɔn akoma denyɛ akyi ne Baalim akyi, sɛdeɛ wɔn agyanom kyerɛɛ wɔn no. Enti sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn no seɛ nie: Hwɛ, mede ɔnwono bɛma ɔman yi adi, na mede nsuo a ɛborɔ wɔ mu ama wɔanom. Na mɛbɔ wɔn apete amanaman a wɔne wɔn agyanom nhunuu wɔn da mu, na mama afena adi wɔn akyi akɔsi sɛ mɛwie wɔn sɛeɛ. Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monnwene ho na momfrɛ mmaa a wɔnim su mmra, na monsoma ma wɔnkɔhyia mmaa anyansafoɔ na wɔmmra, na wɔnyɛ ntɛm ntue yɛn ho su, na yɛn ani mporepore nisuo, na yɛn anisuatɛtɛ nsene nsuo. Na wɔte esu nka firi Sion: Sɛdeɛ yɛasi asɛe afa! Yɛn ani awu pii, ɛfiri sɛ yɛagya asase no, na wɔasunsum yɛn tenabea agu. Na mo mmaa, montie AWURADE asɛm, na n’anomu asɛm nkɔ mo aso mu, na monkyerɛ mo mmammaa su na monkyerɛkyerɛ mo ho kwadwom. Na owuo aforo afa yɛn mpomma mu, waforo aba yɛn aban fɛfɛ mu, sɛ ɛbɛtwa mmotafowa afiri mmorɔno so ne mmeranteɛ afiri mmɔntene so. Ka sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Nnipa afunu bɛgugu hɔ sɛ mfuo so nwira dodoɔ, sɛ ayutwafoɔ akyiri afiafi, na obiara remmoa ano. Sɛ AWURADE seɛ nie: Mma onyansafoɔ nnhyehyɛ ne ho ne nyansa ho, na ɔhoɔdenfoɔ nnhyehyɛ ne ho n’ahoɔden ho, na ɔdefoɔ nso nnhyehyɛ ne ho n’ahodeɛ ho, na yei ho mmom na ma deɛ ɔhyehyɛ ne ho no nhyehyɛ ne ho, sɛ ɔnim de, na wahu me, sɛ mene AWURADE a ɔyɛ adɔeɛ, na ɔbu atɛntenenee, yɛ adetenenee, asase soɔ, na yei na ɛsɔ m’ani, AWURADE asɛm nie. Hwɛ, nna bi reba, AWURADE na ɔseɛ, a mɛba mabɛtwe twetiafoɔ a wɔatena ase sɛ momonotofoɔ no nyinaa aso, Misraimfoɔ, Yudafoɔ, Edomfoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ ne wɔn a wɔtete anwea pradada soɔ na wɔatwitwa wɔn nwi de di awufoɔ nni nyinaa; ɛfiri sɛ amanaman yi nyinaa yɛ momonotofoɔ, na Israel fie nyinaa yɛ akoma mu momonotofoɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
O Israel fie, montie asɛm a AWURADE reka akyerɛ mo: Sɛ AWURADE seɛ nie: Monnsua amanaman kwan, na monnsuro ɔsoro nsɛnkyerɛnneɛ, na amanaman na ɛsuro wɔn. Na aman no atorɔmudeɛ yɛ atorɔ, na ɛyɛ dua a wɔatwa no afiri kwaeɛ mu, odwumfoɔ nsa ano adwuma a ɔde dadeɛ yɛeɛ. Nnipa de dwetɛ ne sika hyehyɛ no, wɔde nnadewa ne asaeɛ bobɔ mu, na ampɔne antɔ. Wɔn ahoni te sɛ ɛferɛ afuo mu kaakaamotobi, na wɔnkasa, soa na wɔsoa wɔn, ɛfiri sɛ wɔntumi nnante; monnsuro wɔn, na wɔntumi nyɛ bɔne biara, na papayɛ nso nni wɔn hɔ. Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo, O AWURADE; wo na woyɛ kɛseɛ, na wo din nso so, mmaninyɛ mu. Hwan na ɔrensuro woɔ, O amanaman Hene? Wo na ɛfata woɔ; amanaman anyansafoɔ nyinaa mu ne wɔn ahennie nyinaa mu, obiara nni hɔ a ɔte sɛ woɔ. Na wɔn nyinaa yɛ agyimifoɔ ne nkwaseafoɔ; ahoni nkyerɛkyerɛ! Ɛyɛ dua! Wɔde dwetɛ a wɔaborɔ firi Tarsis ba, ne sika nso firi Ufas, ɛyɛ odwumfoɔ ne sikadwumfoɔ nsa ano adwuma; bibitoma ne ntoma a ɛberedum na ɛfira wɔn, yei nyinaa yɛ adwumfoɔ nsa ano adwuma. Na AWURADE ne nokorɛ Nyankopɔn no, ɔne Onyankopɔn teasefoɔ ne daa Hene; n’abufuo nti asase woso, na amanaman ntumi n’abufuhyeɛ. Sɛdeɛ monka nkyerɛ wɔn nie: Abosom a ɛnyɛ wɔn na wɔbɔɔ soro ne asase no bɛyera afiri asase so ne soro ase. Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase, de ne nyansa maa wiase timm hɔ, na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsoro mu. Ɔma ne nne so a, nsuo pii ba ɔsoro, na ɔma suwisie tu firi asase ano nohoa. Ɔyɛ anyinam ka osuo ho, ɔtu mframa firi n’adekorabea. Nnipa nyinaa yɛ agyimifoɔ a wɔnni nimdeɛ, sikadwumfoɔ nyinaa ani wuwu wɔn ahoni ho, ɛfiri sɛ wɔn agudeɛ no yɛ atorɔ, na ahome nni wɔn mu. Wɔyɛ adehunu nko, nnaadaa adwuma; wɔn asotweberɛ no mu, wɔbɛyera. Yakob kyɛfa nte sɛ yeinom, na nnoɔma nyinaa yɛfoɔ ne no, na Israel ne n’apɛgyadeɛ a ne poma di soɔ; asafo AWURADE ne ne din. Boaboa w’ahodeɛ ano firi asase so, O wo a wote kuro a wɔatua ho no mu. Na sɛdeɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mereto asase no sofoɔ ntoboɔ, berɛ yi mu, na mahiahia wɔn ho, na wɔahunu. Me pira nti mennue! Me kuro yɛ me ya; nanso mese: Me yea ara ne no, na mɛsɔ mu. Me ntomadan asɛe, na me ntampehoma nyinaa mu atete; me mma afiri me ho kɔ, na wɔnni hɔ; obiara nni hɔ a ɔbɛyere me ntomadan mu bio, na wasi me ntwamutam. Na ahwɛfoɔ no adane agyimifoɔ, na wɔmmisa AWURADE akyiri kwan; ɛno nti wɔanni yie, na wɔn mmoakuo no nyinaa abɔ apete. Montie ɛnne bi, hwɛ, ɛreba, na gyegyeegye kɛseɛ firi atifi fam asase so reba, sɛ wɔrebɛyɛ Yuda nkuro no amamfo, ɛserɛ so nkraman tenabea. Ao AWURADE, mahunu sɛ onipa kwan nni ne nsam, ɛnni onipa nsam, sɛdeɛ ɔnam a ɔbɛtutu n’anammɔn. AWURADE, tea me, nso yɛ no sɛdeɛ ɛfata nko; ɛnyɛ w’abufuo so, na woannwerɛ me. Ma w’abufuhyeɛ ngu amanaman a wɔnnim woɔ, ne nkurɔfoɔ a wɔmmɔ wo din no so, ɛfiri sɛ wɔatete Yakob mu, wɔatete ne mu amene no, na wɔayɛ ne tenabea no amamfo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn nie: Tie apam yi mu nsɛm, na ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ. Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Wɔadome deɛ ɔnte apam yi mu nsɛm a mehyɛɛ mo agyanom, da a meyii wɔn firii Misraim asase so, firii dadeɛ fononoo no mu sɛ: Montie me, na monyɛ nnoɔma a mahyɛ mo no nyinaa, na moayɛ me ɔman, na me nso mayɛ mo Onyankopɔn, na mama ntam a mekaa mo agyanom no agyina, sɛ mede asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ bɛma wɔn, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. Na megyee so sɛ: Amen, AWURADE! Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Pae mu ka nsɛm yi nyinaa mu ka wɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmorɔno so sɛ: Montie apam yi mu nsɛm, na monni so. Ɛfiri sɛ, mehyɛɛ mo agyanom da a meyii wɔn firii Misraim asase so baeɛ, na ɛde bɛsi nnɛ, metua nhema mehyɛ wɔn daa sɛ: Montie me! Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔn nyinaa dii wɔn akoma bɔne denyɛ so; enti mede apam yi a mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnni soɔ na wɔanni soɔ no nsɛm nyinaa aba wɔn so. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Atuateɛ aba Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ mu, wɔasane kɔ wɔn tete agyanom a wɔampɛ sɛ wɔtie me nsɛm no amumuyɛ mu, na wɔdi anyame foforɔ akyi som wɔn. Israel fie ne Yuda fie ato m’apam a me ne wɔn agyanom pameeɛ no. Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne a wɔrentumi mfiri mu reba wɔn so, na sɛ wɔsu frɛ me a, merentie wɔn. Ɛnna Yuda nkuro ne Yerusalemfoɔ bɛkɔ akɔsu afrɛ anyame a wɔrehye nnuhwam ama wɔn no, nanso wɔrennye wɔn, wɔn amanehunu berɛ no mu. Na sɛdeɛ wo nkuro dodoɔ teɛ no, sɛdeɛ w’anyame nso dodoɔ teɛ ne no, O Yuda; na sɛ Yerusalem mmorɔno dodoɔ teɛ no, saa ara na moasisi afɔrebukyia ama aniwudeɛ, afɔremmukyia a mohye so nnuhwam ma Baal. Enti wo deɛ, mpa kyɛw mma ɔman yi, na mma wɔn ho su ne mpaebɔ so, ɛfiri sɛ wɔn amanehunu berɛ no mu, wɔsu frɛ me a, merentie. Me dɔfo adi asɛmmɔne yi, ɛdeɛn na ɔwɔ yɛ wɔ me fie? Bɔhyɛ ne afɔrebɔ nam bɛyi wo mmusuo no anaa? Sɛ w’amaneɛ no ba a, wobɛdi ahurisie? Anka AWURADE frɛ wo ngodua frɔmfrɔm fɛfɛ a ɛso aba pa; nanso afei ɔde ahum kɛseɛ huuyɛ asɔ ne ho gya, na abubu ne mman. Na asafo AWURADE a ɔtɛɛ woɔ no akyerɛ mmusuo a ɛreba wo soɔ, bɔne a Israel fie ne Yuda fie ayeyɛ, sɛ wɔhyee aduhwam maa Baal de huruu me boɔ no nti. Na AWURADE yi kyerɛɛ me, na mehunui nso; ɛno mu na wokyerɛɛ me wɔn nneyɛɛ bɔne. Nanso me deɛ, na mete sɛ odwammaa a ɔdwoɔ a wɔde no rekɔ akumiiɛ; na mennim sɛ wɔapam me tiri so sɛ: Momma yɛnsɛe dua no ne n’aba, na yɛntwa mfiri ateasefoɔ asase so, na wɔankae ne din bio. Nanso wo Asafo AWURADE a woyɛ ɔtemmufoɔ teneneeni, a wosɔ akoma ne adwene hwɛ, ma menhunu w’aweretɔ wɔ wɔn so, na wo na mede m’asɛm ahyɛ wo nsa. Enti sɛ AWURADE ka no Anatot mmarima a wɔrehwehwɛ wo akum woɔ, na wɔka sɛ: Nhyɛ AWURADE din mu nkɔm na woanwu yɛn nsa ano, no ho nie, ɛno nti sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, merebɛtwe wɔn aso: Mmeranteɛ bɛtotɔ afena ano, na ɛkɔm akunkum wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa, na nkaeɛ biara renka mma wɔn, na mede bɔne bɛba Anatot mmarima so, wɔn asotwe afe no mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
O AWURADE, sɛ me ne wo bɔ nkuro a, wodi bem ara; nanso me ne wo bɛkasa ara: Adɛn nti na abɔnefoɔ kwan si wɔn yie na nkɔnkɔnsafoɔ nyinaa nso ho dwo wɔn? Wotɛ wɔn, na wɔgye nhini; wɔnyinyini na wɔsoso aba nso; wobɛn wɔn ano, na wo ne wɔn akoma ntam twe. Nanso wo, AWURADE, wonim me; wohu me; na wosɔ m’akoma hwɛ, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ wo fam. Tutu wɔn sɛ nnwan a wɔrekɔku wɔn, na hyira wɔn so sie ma okum da. Ɛnkɔsi da bɛn na asase no nni abooboo, na afuom ahahan ntwintwam? Ɛsofoɔ bɔne no nti mmoa ne nnomaa awie sa, ɛfiri sɛ wɔka sɛ: Ɔrenhunu yɛn awieeɛ. Sɛ wo ne anammɔnfoɔ mpo tu mmirika na wɔma wobrɛ a, ɛnneɛ ɛbɛyɛ dɛn na wo ne apɔnkɔ bɛsi ammirikakane? Na sɛ asase a ɛso da hɔ no so mpo, wohwe ase a, ɛnneɛ wobɛyɛ dɛn Yordan kwaeɛ no mu? Na wo nuanom nso ne w’agya fie, wɔn mpo twa wo nkontompo, wɔn nso wɔteam denden di w’akyi; sɛ wɔka nnɔkɔnnɔkɔsɛm kyerɛ wo a, nnye wɔn nni. Magya me fie, mato m’agyapadeɛ agu; mede me kra dɔfoɔ mahyɛ n’atamfo nsa. M’agyapadeɛ adane me sɛ kwaeɛ mu gyata; wama ne nne so atia me, enti na makyiri no. M’agyapadeɛ adane me ɔkɔdeɛ a ɔda nso? Akɔdeɛ atwa ho ahyia? Monkɔ nkɔboaboa wiram mmoadoma nyinaa ano mmra, na wɔmmɛdidi. Mmoahwɛfoɔ pii asɛe me bobeturo atiatia me kyɛfa so, wɔadane me kyɛfa fɛfɛ no ayɛ no ɛserɛ pataa; wɔasɛe no pasaa, ayɛ dwerɛbee di me ho abooboo; wɔasɛe asase no nyinaa, nso obiara nni hɔ a ɔde sie n’akoma mu. Asɛefoɔ aba anwea pradada so mpampa nyinaa so, na AWURADE afena retwitwa afiri asase ano akɔsi asase ano; asomdwoeɛ nni hɔ mma ɔhonam biara. Wɔguu ayuo, na wɔtwaa nnwerɛ; wɔbrɛe, na wɔannya mu hwee. Na wɔn ani bɛwuwu mo nnɔbaeɛ ho, AWURADE abufuhyeɛ no nti. Sei na AWURADE ka no wɔn a wɔtete me ho no nyinaa ho: Nnipa bɔne a wɔde wɔn nsa aka agyapadeɛ a mede memaa me man Israel sɛ wɔnnie no, hwɛ, meretutu wɔn afiri wɔn asase so, na mɛtu Yuda fie afiri wɔn mu. Na ɛbɛba sɛ matu wɔn no akyiri no, mɛsane mahu wɔn mmɔbɔ, na mede wɔn nyinaa asane aba wɔn agyapadeɛ mu ne wɔn asase so mmaako mmaako. Na sɛ wɔbɛsua me man akwan yie, aka me din ho ntam sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi; sɛdeɛ wɔkyerɛɛ me man sɛ wɔnka Baal ntam no a; ɛnneɛ wɔbɛyɛne wɔn wɔ me man mu. Na sɛ wɔantie a, ɛnneɛ mɛtu saa ɔman no agu, mɛtutu na masɛe wɔn, AWURADE asɛm nie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Kɔ na kɔtɔ nwera abɔsoɔ na fa bɔ w’asene, na mfa mmɔ nsuo mu. Ɛnna medii AWURADE asɛm no soɔ, kɔtɔɔ abɔsoɔ no, na mede mebɔɔ m’asene. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn, ne mprenu soɔ sɛ: Fa abɔsoɔ a wotɔeɛ a ɛbɔ w’asene no, na sɔre kɔ Eufrate, na fa kɔhyɛ ɔbotan tokuro mu. Na mesii mu mede mekɔhintaa Eufrate, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ me no. Na nna pii akyiri no, AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kɔ Eufrate, na kɔfa abɔsoɔ a mehyɛɛ wo sɛ fa kɔsie hɔ no bra. Na mesii mu mekɔɔ Eufrate, na mekɔbɔre mefaa abɔsoɔ no firii deɛ mede mekɔsieɛ no; na hwɛ, na abɔsoɔ no asu, ɛnyɛ mma hwee. Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Saa ara na mɛsɛe Yuda ahantan ne Yerusalem ahantan bebrebe no. Ɔmammɔne yi a wɔmpɛ sɛ wɔtie me nsɛm, na wɔnam wɔn akoma denyɛ mu, na wɔdi anyame foforɔ akyiri som wɔn sɔre wɔn no, wɔbɛyɛ sɛ saa abɔsoɔ a ɛnyɛ mma hwee yi. Na sɛdeɛ abɔsoɔ fam onipa asene no, saa ara na mama Israel fie nyinaa ne Yuda fie nyinaa afam me ho, AWURADE asɛm nie, sɛ wɔnyɛ me ɔman, ne din ne ayeyie, ne animuonyam, nanso wɔantie. Enti ka asɛm yi kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Nsa bɛyɛ mpɔre nyinaa ma ma. Na wɔbɛka akyerɛ wo sɛ: Nim na yɛnnim sɛ nsa bɛyɛ mpɔre nyinaa amaama anaa? Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mɛma asase yi sofoɔ nyinaa, ne ahemfo a wɔtete Dawid adwa soɔ, ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ, ne Yerusalemfoɔ nyinaa aboboro titaa. Na mede wɔn bɛbobɔ wɔn ho wɔn ho, agyanom ne mma nyinaa, AWURADE asɛm nie. Merenhu wɔn mmɔbɔ, na merennya tema mma wɔn, na me yam renhyehye me, sɛ merensɛe wɔn. Montie, na monyɛ aso; monnyɛ ahantan, na AWURADE na akasa. Monhyɛ AWURADE mo Nyankopɔn animuonyam ansa na wama sum aduru, ansa na mo nan asunti mmepɔ kusuu no, na morehwɛ hann kwan a, wadane no sunsum, na wama sum kabii aduru. Na sɛ moantie a, me kra bɛsu kokoam, mo ahantan nti, na m’ani afiri nisuo ara, na nisuo aporepore me, sɛ wɔafa AWURADE nnwankuo no nnommum mu. Se ɔhene ne ɔhemmaa no sɛ: Mommrɛ mo ho ase ntena ase, na mo animuonyam abotire afiri mo atifi atɔ. Wɔatoto Negeb nkuro no mu, na obiara nni hɔ a ɔbɛhini; wɔatu Yuda nyinaa kɔ nnommum mu, wɔatu wɔn kɔ korakora. Ma w’ani so na hwɛ wɔn a wɔfiri atifi fam reba yi, ɛhe na wo mmoakuo a wɔde maa woɔ, w’animuonyam nnwankuo no wɔ? Sɛ ɔde wɔn a wo ara woayɛne wɔn sɛ wo nnamfonom si wo so atitire a, ɛdeɛn na wobɛka? Awoɔ renka wo sɛ ɔbaa wofoɔ anaa? Na sɛ wose no w’akoma mu sɛ: Ɛdeɛn nti na yeinom ato me yi a, w’amumuyɛ bebree nti na wɔayi w’atadeɛ nhyɛaseɛ adie, wɔahyɛ wo nantin yea. Etiopiani bɛtumi asakyera ne wedeɛ, anaasɛ ɔsebɔ bɛsakyera ne ho nworonnworan? Ɛnneɛ mo nso mobɛtumi ayɛ papa, mo a bɔneyɛ akokwa mo. Enti mɛbɔ wɔn apete sɛ ntɛtɛ a anwea pradada so mframa de no rekorɔ. Yei ne w’adeɛ a wobɛnya, wo kyɛfa a masusu mama woɔ, AWURADE asɛm nie, ɛfiri sɛ wo werɛ afiri me, na wode wo ho ato atorɔ so. Na me nso mɛyi w’atadeɛ nhyɛaseɛ mabua w’anim, na wɔahunu w’ahohora no. W’akyiwadeɛ a ɛne w’awaresɛeɛ, ne wo hwenemporeɛ, w’adwamammɔ atantanneɛ, wiram nkokoɔ so, na mahunu. Due, O Yerusalem! Ɛnkɔsi da bɛn na wo ho bɛte bio?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn ɛfa osuo a ɛrentɔ ho no nie: Yuda di abooboo na n’aponkɛseɛ agogo, wɔboa fam si wɔn tiri ase twann, na Yerusalem nteamu foro kɔ soro. Na wɔn mu akɛseɛ soma nkumaa no nsuosa; wɔba nsubɔnhwa ano, wɔnnya nsuo; wɔde wɔn nhina hunu sane ba, wɔn ani awuwu, wɔn anim agu ase, wɔkatakata wɔn ti. Osuo a ɛntɔ asase no soɔ na fam awo pɛsɛɛ nti, akuafoɔ ani awuwu, wɔakatakata wɔn ti. Na mfofo so forotebereɛ nso, ɔwo a, ɔgya ne mma, ɛfiri sɛ wira biara nni hɔ. Na ɛserɛ so mfunumu gyinagyina mpampa so, wɔhome mframa sɛ ɛserɛ so kraman, wɔn ani ayɛ siamoo, ɛfiri sɛ nhahan biara nni hɔ. Sɛ yɛn amumuyɛ kasa tia yɛn mpo a, AWURADE, wo din nti yɛ ɛho biribi, na yɛn nsaneakyire adɔɔso, wo na yɛayɛ wo bɔne. O Israel anidasoɔ, wo a wogye wɔn ohia berɛ mu, ɛdeɛn nti na woyɛ sɛ asase yi so hɔhoɔ, sɛ ɔkwantenni a ɔsoɛ anadwo? Ɛdeɛn nti na woyɛ sɛ ɔbarima a wɔatu n’akoma, sɛ dɔmmarima a ɔntumi nnye nkwa? Nso wo ara na wowɔ yɛn mfimfini, AWURADE, na wɔde wo din ato yɛn; nnya yɛn hɔ. Sɛ AWURADE ka wɔ ɔman yi ho nie: Saa ara na wɔpɛ sɛ wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ, wɔansi wɔn nan kwan; enti AWURADE nso ani nsɔ wɔn; afei na wakae wɔn amumuyɛ rebɛtua wɔn bɔne so ka. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Mpa kyɛw nsrɛ papa mma ɔman yi. Sɛ wɔdi mmuada mpo a, merentie wɔn nkotosrɛ; na sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ a, m’ani rensɔ wɔn, na afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ na mede bɛdwerɛ wɔn koraa. Na mese: Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, adiyifoɔ no ka kyerɛ wɔn sɛ: Morenhunu afena, na ɛkɔm remma mo so, na nokorɛ asomdwoeɛ na mede bɛma mo ɛha yi. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Atorɔ na adiyifoɔ no de hyɛ me din mu nkɔm; mensomaa wɔn, na menhyɛɛ wɔn, na menkasa menkyerɛɛ wɔn; atorɔ anisoadehunu ne nkɔmhyɛ ne asɛnhunu ne wɔn akoma mu nnaadaa na wɔka kyerɛ mo yi. Ɛno nti sɛ AWURADE ka adiyifoɔ a wɔde me din hyɛ nkɔm nanso ɛnyɛ me na mesomaa wɔn, na wɔn deɛ, wɔka sɛ: Afena ne ɛkɔm remma asase yi so, no ho nie: Afena ne ɛkɔm ara na ɛbɛdwerɛ adiyifoɔ no. Na ɔman a adiyifoɔ no hyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, ɛkɔm ne afena no nti wɔbɛgugu Yerusalem mmorɔno so, na obiara biara nni hɔ a ɔbɛsie wɔn, wɔn ne wɔn yerenom ne wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa nyinaa; na mɛma wɔn bɔne abua wɔn atifi. Enti ka nsɛm yi kyerɛ wɔn sɛ: M’ani porepore nisuo anadwo ne awia, na ɛnnyae, ɛfiri sɛ wɔde bobɔ kɛseɛ abobɔ me man babaa baabunu, wɔapira no ma no ayɛ ya sɛ. Sɛ mefiri mekɔ wiram a, hwɛ, afena ano atɔfoɔ nie; na sɛ meba kuro mu a, hwɛ, ɛkɔm ano atɔfo nie; na odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa kyinkyini asase no so, nso wɔnnim deɛ wɔrekorɔ. Toɔ na woato Yuda atwene, anaasɛ Sion ho ayɛ wo kra nwunu? Ɛdeɛn nti na woabubu yɛn na yɛnni ɔyaresafoɔ yi? Yɛhwɛ asomdwoeɛ kwan, nso papa biara amma; yɛhwɛ ɔyaresa berɛ kwan nso, na hwɛ, akomatuo na ɛwɔ hɔ. O AWURADE, yɛahunu yɛn abususɛm, yɛn agyanom amumuyɛ, sɛ yɛayɛ wo bɔne. Wo din nti, mpa yɛn; ngu w’animuonyam adwa no anim ase; kae, mmubu w’apam a ɛda yɛne wo ntam no. Amanaman ahoni no mu bi wɔ hɔ a wɔma osuo torɔ? Anaasɛ ɔsoro bɛtumi ama asuso atue? Ɛnyɛ wo, AWURADE yɛn Nyankopɔn? Wo na yɛhwɛ wo kwan, ɛfiri sɛ wo ara na woayɛ yeinom nyinaa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɛ Mose ne Samuel mpo bɛgyina m’anim a, me kra renkom nkɔ ɔman yi so; yi wɔn firi m’ani so na ma wɔnkɔ! Na sɛ wɔbisa wo sɛ; Ɛhe fa na yɛmfiri nkorɔ, a? Ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Deɛ ɔsɛ wuo no, nkɔ wuo mu, na deɛ ɔsɛ afena ano no, nkɔ afena ano, na deɛ ɔsɛ ɛkɔm no, nkɔ ɛkɔm mu, na deɛ ɔsɛ nnommumfa no nkɔ nnommumfa mu. Na nnoɔma ahodoɔ nnan na mɛma aba wɔn soɔ, AWURADE asɛm nie, afena a wɔde bɛkum wɔn, ne akraman a wɔbɛtete wɔn, ne ewiem nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtete wɔn nam asɛe wɔn. Na mɛma wɔadwane wɔn ho, asase so ahennie nyinaa mu, Yudahene Manase a ɔyɛ Hesekia ba, ne deɛ ɔyɛɛ wɔ Yerusalem no nti. Na hwan na ɔbɛhu wo mmɔbɔ, Yerusalem? Na hwan na ɔbɛma wo due? Na hwan na ɔbɛmane akɔbisa deɛ w’asomdwoeɛ no wɔ? Woapa me, AWURADE asɛm nie, na wo nsaneakyire no kɔ so ara; enti na metenee me nsa wo soɔ, na mesɛee woɔ. Mabrɛ ne mmɔborɔhunu. Na mede nhusoɔ apaawa mahu wɔn so, asase no mmoboano, makunkum wɔn mma, masɛe me man a wɔansane amfiri wɔn akwan soɔ no. Mama wɔn akunafoɔ adɔɔso asene mpoano anwea, mede ɔsɛefoɔ maba mmeranteɛ no so awia ketee, mama binimbɔ ne nketenkete agu wɔn so mpofirim; ɔbaa a wawo nson ahodwo, watɔ piti; adeɛ nnya nsaeɛ no, na n’awia atɔ, n’ani awu na n’anim agu ase; na mɛyi wɔn nkaeɛ mama afena, wɔn atamfoɔ anim, AWURADE asɛm nie. Mennue, me na, sɛ wowoo me, onipa a asase no nyinaa ne me ham, yiyi atɛn. Memfɛm nnyee mfɛntomu na obiara mfɛm me bi, nanso wɔn nyinaa dome me. AWURADE se: Ampa ara, mɛgye wo ama no ayɛ yie, ampa ara, mɛma ɔtamfoɔ abɛpa wo kyɛw, berɛ bɔne ne ahohiahia berɛ mu. Dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ bɛtumi abu dadeɛ a ɛfiri atifi fam anaa? Mɛma wɔafom mo ahodeɛ ne mo akoradeɛ, na wɔrentua ka, mo bɔne a moayɛ no mo asase no nyinaa soɔ no nyinaa nti; na mɛma mo ne mo atamfoɔ no asene akɔ asase bi a monnim soɔ so, ɛfiri sɛ ogya bi asɔ m’abufuo mu a ɛbɛdɛre mo soɔ. Wo, AWURADE, wonim. Kae me na bɛhwɛ me, na tɔ were ma me, m’atifoɔ so; wo bo a ɛkyɛre fuo no nti mfa me nkɔ; hunu sɛ wo nti na mesoa ahohora. Wo nsɛm ba a, na ɛyɛ me aduane, na wo nsɛm yɛ me ahosɛpɛ ne akomatɔyam, na wɔde wo din ato me, O AWURADE, asafo Nyankopɔn. Mantena aserefoɔ dwabɔ mu manni ahurisie; wo nsa nti, me nko na metenaeɛ, ɛfiri sɛ wode abufuo ahyɛ me ma. Adɛn nti na me yea wɔ hɔ daa yi, na me kuro ayɛ nkudaa a wɔsa a, ɛnsa yi? Wobɛyɛ sɛ asuo a ɛdi hwammɔ a ɛnnyina ama me anaa? Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛ wosane a, mede wo bɛsane aba; na woabɛgyina m’anim; na sɛ woka nyansasɛm daa a, wobɛyɛ sɛ m’ano; wɔn deɛ, wɔbɛdane aba wo nkyɛn, na wo deɛ, worensane nkɔ wɔn nkyɛn. Na mede wo bɛsi hɔ mama ɔman yi sɛ kɔbere mfrafraeɛ fasuo denden, na wɔne wo ko a, wɔrentumi wo, ɛfiri sɛ me na medi w’akyire na magye wo na mayi wo, AWURADE asɛm nie. Na mɛyi wo afiri abɔnefoɔ nsam, na magye wo afiri atirimuɔdenfoɔ nsam.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Nware yere, na nnya mmabanin ne mmammaa wɔ ha yi. Na sɛdeɛ AWURADE ka no mmabanin ne mmammaa a wɔwo wɔn ha yi, ne wɔn nanom a wɔwɔ wɔn ne wɔn agyanom a wɔwo wɔn asase yi soɔ no ho nie: Owuyadeɛ bɛbobɔ wɔn ama wɔawuwu. Wɔrenyɛ wɔn ayie, na wɔrensie wɔn; wɔbɛdane sumina wɔ asase ani. Na afena ne ɛkɔm bɛdwerɛ wɔn, na wɔn afunu ayeyɛ ewiem nnomaa ne asase so mmoa aduane. Na sɛ AWURADE seɛ nie: Nhyɛne efie a wɔsu mu mu, na nkɔ ayie ase na nnyam wɔn, ɛfiri sɛ mayi m’asomdwoeɛ afiri ɔman yi so, AWURADE asɛm nie, mayi adɔeɛ ne mmɔborɔhunu. Na nnipa akɛseɛ ne nkumaa bɛwuwu asase yi so; wɔrensie wɔn na wɔrenyɛ wɔn ayie, na obiara remmɔ ne hɔ akam, obiara remmɔ tikwa mma wɔn, na wɔremmubu paanoo mma wɔn, ayie ase, sɛ wɔde rema wɔn due, owufoɔ no ho, na wɔremma wɔn awerɛkyekyerɛ kuruwa, obi n’agya ne ne na ho. Na nkɔ nsanom fie, nso wo ne wɔn nkɔtena ase nnidi nnom. Na sɛdeɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn no seɛ nie: Hwɛ, merema ahosɛpɛ nne, ne anigyeɛ nne, ayeforɔkunu nne, ne ayeforɔ nne to atwa ɛha yi, mo ani so ne mo berɛ yi so. Na ɛbɛba sɛ woka nsɛm yi nyinaa kyerɛ ɔman yi na wɔka kyerɛ wo sɛ: Adɛn nti na AWURADE ka adebɔne kɛseɛ yi gu yɛn soɔ yi, na ɛdeɛn ne yɛn amumuyɛ, anaasɛ ɛdeɛn ne yɛn bɔne a yɛayɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn no? Ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Ɛsiane sɛ mo agyanom agya me, AWURADE asɛm nie, na wɔakɔdi anyame foforɔ akyi asom wɔn asɔre wɔn, na me deɛ, wɔagya me, na me mmara nso, wɔanni so, na mo nso, modi asɛmmɔne sene mo agyanom, na hwɛ, mo nyinaa monam di mo akoma bɔne denyɛ akyi a montie me, enti mɛto mo afiri asase yi so agu asase bi a mo ne mo agyanom nnim soɔ so, na moakɔsom anyame foforɔ wɔ hɔ, awia ne anadwo, ɛfiri sɛ merenhu mo mmɔbɔ. Saa nti, hwɛ, AWURADE asɛm nie, nna bi reba a wɔrenka bio sɛ: Sɛ AWURADE a ɔyii Israelfoɔ firii Misraim asase so baeɛ no te aseɛ yi, na mmom wɔbɛka sɛ: Sɛ AWURADE a ɔyii Israelfoɔ firii atifi fam asase so, ne nsase a ɔpamm wɔn kɔɔ hɔ nyinaa soɔ no te aseɛ yi. Na mede wɔn bɛsane aba wɔn asase a mede memaa wɔn agyanom no so. Hwɛ, mɛma wɔakɔfa apofofoɔ pii aba, AWURADE asɛm nie, na wɔakɔyi wɔn, na yei akyiri no mɛma wɔakɔfa abɔmmɔfoɔ pii aba na wɔakɔtwe wɔn afiri mmepɔ nyinaa so ne nkokoɔ nyinaa so ne abotan ntokuro mu. Na m’ani hwɛ wɔn akwan nyinaa, ɛnhunta me, na wɔn amumuyɛ nso, ɛso nkataa m’anim. Na mɛtua wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne so ka mmɔho, sɛ wɔagu m’asase ho fi, wɔde wɔn atantanneɛ ne wɔn akyiwadeɛ afunu ahyɛ m’agyapadeɛ no ma. O AWURADE, m’ahoɔden ne m’aban denden, me dwanekɔbea ahohiahia da mu, wo nkyɛn na amanaman bɛfiri asase anoano aba abɛka sɛ: Atorɔ nko ne yɛn agyanom awunnyadeɛ no, ahuhudeɛ a mfasoɔ nni mu. Onipa bɛyɛ anyame a wɔnyɛ anyame afa? Ɛno nti, hwɛ, mɛma wɔahunu prɛko, mɛma wɔahunu m’ahoɔden ne me tumi, na wɔahunu sɛ, me din ne AWURADE.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yuda bɔne no, wɔde dadeɛ twerɛdua ne hyerɛmmoɔ ano na atwerɛ, wɔakurukyire no wɔn akoma apono so ne wɔn afɔrebukyia mmɛn so, berɛ a wɔn mma kae wɔn afɔrebukyia ne wɔn Asera nnua, dua frɔmfrɔm ne nkokoɔ sorɔnsorɔn soɔ no. Me bepɔ ne ɛho asase, mede w’ahodeɛ ne w’akoradeɛ nyinaa bɛma na wɔafom, ne wo sorɔnsorɔmmea no nso, w’asase yi nyinaa so bɔne nti. Na wobɛgya w’agyapadeɛ a mede memaa woɔ no ato hɔ, na mɛma woasom w’atamfo, asase a wonnim soɔ so, ɛfiri sɛ moasɔ m’abufuo mu gya a ɛbɛdɛre daa. Sɛ AWURADE seɛ nie: Wɔadome onii ko a ɔde ne ho to onipa soɔ, na ɔde honam yɛ ne basa, na n’akoma atwe afiri AWURADE ho. Ɔte sɛ dua a ɛsi anwea pradada so, na ɔrenhunu sɛ papa reba, na ɔbɛtena ɛserɛ so nkyɛkyerɛ so, ne nkyene asase a obiara nte soɔ so. Nhyira ne onii ko a ɔde ne ho to AWURADE soɔ, na AWURADE yɛ n’anidasoɔ. Na ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔatɛ no nsunoa, na ne nhini tentene kɔ asuo no ho. Na sɛ ahuhuro ba a, ɛnyɛ no hu, na ɛso ahahan bɛyɛ frɔmfrɔm, na sukɔm afe mu nso, ɛrempo, na ɛnnyae aba soɔ. Akoma wɔ hɔ yi, ɛyɛ nnaadaa sene adeɛ nyinaa na ɛyɛ nsɛmmɔne pa ara, hwan na ɔbɛnya mu ahunuyɛ? Me, AWURADE, na mehwehwɛ adwene mu, na mesɔ akoma mehwɛ, na mɛma obiara sɛdeɛ n’akwan teɛ, sɛdeɛ ne nneyɛɛ aba no teɛ. Deɛ ɔrepɛ adeɛ anya, na ɔnnya no tenenee soɔ no, te sɛ akokɔhwedeɛ a ɔbutu nkosua a ɛnyɛ ɔno ara na ɔtoeɛ soɔ, ɔbɛbu ne nna mu fa agya, na n’awieeɛ mu ɔbɛyɛ ɔkwasea. Animuonyam ahennwa a ɛsi sorɔnsorɔn soɔ firi teteete no, ne yɛn kronkronbea, AWURADE, Israel anidasoɔ, wɔn a wɔgya woɔ nyinaa ani bɛwuwu; wɔn a wɔsane firi m’akyire no, wɔbɛtwerɛ wɔn din, asase so, ɛfiri sɛ wɔagya nkwa asutire AWURADE. AWURADE, sa me yadeɛ na menya ahoɔden; gye me, na manya nkwa; na wone m’ayeyie. Hwɛ, wɔn deɛ, wɔka kyerɛ me sɛ: Ɛhe na AWURADE asɛm no wɔ? Ma no mmra ɛ! Nso me deɛ, menhyɛɛ wo sɛ ma bɔne mmra, na menhwɛɛ mmusuo da no kwan, wo ara wonim. Deɛ ɛfiri m’anomu baeɛ no, ɛda w’anim hɔ. Nyɛ me deɛ oyi me hu, me dwanekɔbea ne wo, ɛda bɔne mu. Ma m’ataafoɔ ani nwuwu, na me deɛ, mma m’ani nnwu; wɔn deɛ, ma wɔn akoma ntu, na me deɛ, mma m’akoma nntu; fa da bɔne no bra wɔn so, fa obubuo mmɔho bubu wɔn. Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Kɔ kɔgyina ɔmanfoɔ ponkɛseɛ a Yuda ahemfo di mu ahyemfire no mu ne Yerusalem aponkɛseɛ nyinaa mu, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Montie AWURADE asɛm, Yuda ahemfo ne Yuda man nyinaa ne Yerusalemfoɔ a mofa apono yi mu ba mu nyinaa! Sɛ AWURADE seɛ nie: Monhwɛ mo kra so yie, na monnsoa adesoa biara homeda mmfa mmfa Yerusalem apono mu mmma mu; na monnsoa adesoa biara nso mmfiri mo afie mu mmfiri adi homeda, na monnyɛ adwuma biara; na monni homeda no kronkron, sɛdeɛ mehyɛɛ mo agyanom no. Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔsenee wɔn kɔn kyenkyirenn, deɛ ɛbɛyɛ na wɔantie na wɔampene atenetene. Na ɛbɛba sɛ, AWURADE asɛm nie, sɛ motie me, na momfa adesoa biara mfa kuro yi apono mu mma mu homeda, na modi homeda no kronkron, nyɛ emu adwuma biara a, ɛnneɛ ahemfo ne asafohene a wɔbɛtena Dawid adwa soɔ bɛtena nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, wɔne wɔn asafohene, Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ, wɔbɛfa kuro yi apono mu aba mu. Na nnipa bɛtena kuro yi mu daa. Na wɔbɛfiri Yuda nkuro mu, ne deɛ ɛwowɔ Yerusalem ho, ne Benyamin asase soɔ ne mmepɔ ase ne mmepɔ so, ne Negeb aba de ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ ne aduane ayɛyɛdeɛ ne ohwamfufuo aba, na wɔde ayeyie afɔdeɛ aba AWURADE fie. Nanso sɛ moantie me, anni homeda no kronkron na, mosoa adesoa bi fa Yerusalem apono mu homeda a, ɛnneɛ mɛsɔ n’apono mu gya, na ahye Yerusalem aban afɛfɛ no, na wɔrennum.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn nie: Sɔre siane kɔ ɔnwonfoɔ fie, na mɛma woate me nsɛm hɔ. Ɛnna mesiane kɔɔ ɔnwomfoɔ fie, na hwɛ, na ɔreyɛ n’aboɔ so adwuma. Na kukuo a ɔreyɛ no sɛee, sɛ ɔnwomfoɔ nsam dɔteɛ, na ɔsane de yɛɛ ade foforɔ, sɛdeɛ ɛtene ɔnwomfoɔ no ani soɔ sɛ ɔbɛyɛ no. Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Merentumi nyɛ mo, Israel fie, sɛ ɔnwomfoɔ yi anaa? AWURADE asɛm nie. Hwɛ, sɛdeɛ dɔteɛ teɛ wɔ ɔnwomfoɔ nsam no, saa ara na mo, Israel fie, nso moteɛ wɔ me nsam. Sɛ meka wɔ ɔman anaa ahennie bi ho, sɛ mɛtu na madwerɛ na masɛe no, na sɛ ɔman no sane firi ne bɔne a mekaa ho asɛm no mu a, ɛnneɛ mɛnu me ho adebɔne a mesusuu sɛ mɛyɛ wɔn no ho. Na sɛ meka wɔ ɔman anaa ahennie bi ho, sɛ mede bɛsi hɔ na matɛ. Na sɛ wɔyɛ m’ani so bɔne, antie me a, ɛnneɛ mɛnu me ho, yie a mekaa sɛ mɛyɛ wɔn no ho. Na afei ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, meredwene mo ho bɔne, na mapam mo ho apam. Mo nyinaa monsane mo akyi mfiri mo kwammɔne so, na momma mo akwan ne mo nneyɛɛ nyɛ yie ɛ! Na wɔbɛka sɛ: Ɔkwa! Na mmom yɛbɛdi yɛn tirim asɛm akyi, na yɛayeyɛ yɛn akoma bɔne denyɛ no ho adeɛ. Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Monkɔbisa amanaman no mu ɛ, hwan na wate saa adeɛ yi bi pɛn? Ahodwirideɛ pa ara na Israel ababaa no ayɛ. Lebanon sukyerɛmma pa Sirion abotan no so? Amannɔne nsuwansuwa wiridudu a ɛsene no bɛwe anaa? Na me man werɛ afiri me, wɔahye aduhwam ama abosom hunu, na wɔmaa wɔsuntisuntii wɔn akwan so, wɔ teteete atempɔn so, sɛ wɔnnante akwan a ɛnyɛ akwammɔeɛ so. Sɛ wɔnnane wɔn asase no amamfo ne daa fɛdie adeɛ. Obiara a ɔbɛtwam hɔnom no ho bɛdwiri no, na wawoso ne ti. Mɛyɛ sɛ apueeɛ mframa mabɔ wɔn mapete wɔn atamfoɔ anim, m’akyiri mmom, na ɛnyɛ m’anim, na mede bɛkyerɛ wɔn, wɔn sɛeɛ da no. Na wɔkaa sɛ: Mommra mma yɛnkɔpam Yeremia tiri so, na mmara renyera mfiri ɔsɔfoɔ hɔ, na afotuo rempa onyansafoɔ anomu, na asɛm remmɔ odiyifoɔ. Mommra mma yɛmfa tɛkyerɛma nkum no, na mommma yɛnnyɛ aso nntie ne nsɛm no biara. Yɛ aso ma me ɛ, O AWURADE, na tie wɔn a wɔne me ham no. Wɔmfa bɔne nhyɛ papa ananmu anaa? Nso wɔatu amena ama me kra. Kae sɛdeɛ megyinaa w’anim sɛ meresrɛ papa ama wɔn, sɛ meresane w’abufuo afiri wɔn soɔ no. Enti yiyi wɔn mma ma ɛkɔm, na yi wɔn to afena ano, na wɔn yerenom nni mmasugya na wɔnnanedane akunafoɔ, na owuyadeɛ nkum wɔn mmarima, na wɔmfa afena nkum wɔn mmeranteɛ ɛdɔm ano. Ma wɔnte esu nka mfiri wɔn afie mu, berɛ a wode asafo bi bɛba wɔn so mpofirim no, ɛfiri sɛ wɔabɔ amena sɛ wɔde reyi me, na wasunsum me nan fidie. Na wo, AWURADE, wonim wɔn agyina a wɔkɔ no me ho repɛ me wuo no nyinaa. Nkata wɔn amumuyɛ so, na mpepa wɔn bɔne mfiri w’anim, ma wɔnhwehwe ase w’anim; w’abufuo berɛ mu na ɛne wɔn nnie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sɛ AWURADE kaeɛ nie: Kɔ na kɔtɔ ɔnwomfoɔ kuruwa bi, na fa ɔman no mu mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mu mpanimfoɔ no bi ka wo ho, na firi adi kɔ Hinom ba bonhwa a ɛwɔ anwomfoɔ pono ano no mu, na pae nsɛm a mɛka akyerɛ wo no wɔ hɔ. Na ka sɛ: Montie AWURADE asɛm, Yuda ahemfo ne Yerusalemfoɔ, sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede adebɔne mereba ɛha yi a obiara a ɔbɛteɛ no, n’aso mu bɛyɛ no kyeww. Ɛsiane sɛ wɔagya me, na wɔadi ananafoɔ asɛm wɔ ɛha yi, na wɔahye aduhwam wɔ ha ama anyame foforɔ a wɔne wɔn agyanom ne Yuda ahemfo nhunuu wɔn pɛn, na wɔde bemdifoɔ mogya ahyɛ ɛha yi ma. Na wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea, de gya hye wɔn mma abobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Baal, nso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmmaa m’adwene mu da. Saa nti, hwɛ, AWURADE asɛm nie, nna bi reba a wɔremfrɛ ha yi sɛ Tofet anaasɛ Hinom ba bonhwa bio, na mmom wɔbɛfrɛ no Okum Bonhwa. Na mɛma Yuda ne Yerusalem agyina ayɛ hunu ɛha yi, na mama wɔatotɔ afena ano, wɔn atamfoɔ anim ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn kra no nsam, na mede wɔn afunu mama ewiem nnomaa ne wiram mmoa adi. Na mɛyɛ kuro yi amamfo ne fɛdie adeɛ, obiara a ɔbɛtwam wɔ ho no, ne sɛeɛ no nyinaa nti ne ho bɛdwiri no na wabɔ hwerɛma hweehwee. Na mɛma wɔadi wɔn mmammarima nam ne wɔn mmammaa nam, na wɔbɛdi wɔn ho wɔn ho nam, ahohiahia ne ahodwan a wɔn atamfoɔ ne wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn akum wɔn no de bɛdwan wɔn ho no mu. Na bɔ kuruwa no mmarima a wɔne wo bɛkorɔ no anim, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Sɛdeɛ wɔbɔ ɔnwomfoɔ kukuo a wɔntumi nyɛ no yie bio no, saa ara na mɛbɔ ɔman yi ne kuro yi. Na Tofet ara na wɔbɛsie wɔn, ɛfiri sɛ wɔrennya baabi nsie bio. Saa ara na mɛyɛ ɛha yi ne ɛhafoɔ, AWURADE asɛm nie, na mɛyɛ kuro yi sɛ Tofet. Na Yerusalem afie ne Yuda ahemfo afie no ho bɛgu fi sɛ Tofet hɔ, adan a wɔahyehye atifi aduhwam ama ɔsoro asafo no nyinaa, na wɔahwie ahwiesa ama anyame foforɔ no nyinaa bɛyɛ sɛ Tofet. Ɛnna Yeremia firii Tofet, deɛ AWURADE somaa no adiyisɛm ka hɔ baeɛ, na ɔkɔgyinaa AWURADE fie abannwa mu, na ɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne a maka agu kuro yi soɔ no nyinaa bɛba ɛno ne ɛho nkuro nyinaa so, ɛfiri sɛ wɔasene wɔn kɔn, deɛ ɛbɛyɛ na wɔantie me nsɛm.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Imer ba Pasur, ɔsɔfoɔ a ɔyɛ AWURADE fie so titire no tee sɛ Yeremia reka adiyisɛm yi no, Pasur boroo Odiyifoɔ Yeremia, na ɔde no bɔɔ duam, Benyamin ponkɛseɛ a ɛwɔ soro, AWURADE fie mu no mu. Na adeɛ kyeeɛ no, Pasur yii Yeremia firii dua no mu. Na Yeremia ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ Pasur na AWURADE ato wo din, na mmom Magormisabib. Na sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mereyɛ wo ehuyideɛ ama wo ho ne w’adɔfo nyinaa anim, na wɔatotɔ wɔn atamfoɔ afena ano, na w’ani bɛhunu, na mede Yuda nyinaa bɛhyɛ Babel hene nsa, na watu wɔn akɔ Babel, na ɔde afena akunkum wɔn. Na mɛyi kuro yi adedodoɔ ne emu mfasodeɛ aboɔdenneɛ nyinaa mama, na mede Yuda ahemfo akoradeɛ nyinaa mahyɛ wɔn atamfoɔ nsa, na wɔafomfom afa akɔ Babel. Na wo, Pasur, ne wo fiefoɔ nyinaa, mobɛkɔ nnommumfa mu, na wobɛkɔ Babel akɔwu wɔ hɔ, na wɔasie wo wɔ hɔ, wo ne w’adɔfoɔ a wohyɛɛ wɔn nkɔntorɔ no nyinaa. Woagyegye me, AWURADE, na mapene nnyegyeɛ no so. Woatintim me so, na woatumi. Madane aseredeɛ daa nyinaa; wɔn nyinaa di me ho fɛw. Na daa merekasa a, ɛma meteam, atiritirasɛm ne ɔsɛeɛ na ɛma mesu mefrɛ, na AWURADE asɛm adane me ahohora ne nsopa daa nyinaa. Na sɛ mese: Merenkae no na meremmɔ ne din menkasa bio, a, na ɛyɛ m’akoma mu sɛ ogya a ɛredɛre a wɔato mu me nnompe mu; mesɔ mu a mebrɛ ho, na mentumi. Na mate nnipa pii nsekudie, ehu wɔ afa nyinaa, wɔse: Monkɔka, na yɛbɛkɔ akɔka atia no. Nnipa a me ne wɔn nni asɛm biara a wɔtete me ho nyinaa ka sɛ: Ebia ɔbɛma wɔagyegye no, na yɛatumi no, na yɛatɔ yɛn were wɔ ne so. Na AWURADE gyina m’akyiri sɛ dɔmmarima a ne ho yɛ hu, ɛno nti m’atifoɔ bɛsuntisunti, na wɔrentumi. Wɔn ani bɛwuwu sɛ, ɛfiri sɛ ɛrensi wɔn yie, ɛyɛ daa nsopa a werɛ remfire. Na asafo AWURADE a wosɔ ɔteneneeni hwɛ, hwɛ adwene ne akoma mu. Wɔn so na mɛhunu wo aweretɔ, na wo na mede m’asɛm madane woɔ. Monto dwom mma AWURADE, monyi AWURADE ayɛ! Na wayi ohiani kra afiri nnipa bɔne nsam. Nnome nka da a wɔwoo me wɔ mu no! Ɛda a me na woo me no, mma wɔnnhyira no. Nnome nka onipa a ɔde asɛmpa no brɛɛ m’agya sɛ: Wɔawo ɔbabarima ama wo! na ɔde maa n’ani gyee pii no. Ma onii no nyɛ sɛ nkuro a AWURADE abutubutuo wɔ anibereɛ so no; ma no nte esu anɔpa ne gyegyeegye awia ketee. Sɛ wankum me wɔ ɔyafunu mu, na me na annane me damena na manka ne yafunum daa nti. Adɛn nti mpo na mefirii yafunum firii adie, sɛ merebɛhunu ɔbrɛ ne ahometeɛ, na me nna ahi aniwuo mu!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Asɛm a ɛfiri AWURADE hɔ baa Yeremia nkyɛn, berɛ a Ɔhene Sedekia somaa Malkia ba Pasur ne Maaseia ba Ɔsɔfoɔ Sefania baa ne nkyɛn sɛ: Bisa AWURADE hɔ adeɛ ma yɛn, ɛfiri sɛ Babelhene Nebukadnessar ne yɛn rebɛdi ako, ebia AWURADE ne yɛn bɛdi no sɛdeɛ n’anwanwadeɛ no nyinaa teɛ no, na wafiri yɛn so akɔ. Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monka nkyerɛ Sedekia sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, meredane mo nsam akodeɛ a mode ne Babel hene ne Kaldeafoɔ a wɔabɛtua mo ɔfasuo akyire rebɛko no, na maboa ano maba kuro yi mfimfini. Na me ara mede nsa a atene ne basa a ɛyɛ den ne abufuo ne abohuro ne anibereɛ kɛseɛ ne mo bɛko, na mabɔ kuro yi mufoɔ, nnipa ne mmoa. Owuyadeɛ kɛseɛ ano na wɔbɛwuo. Na ɛno akyiri no, AWURADE asɛm nie, mɛyi Yudahene Sedekia, ne ne nkoa, ne ɔman no ne nnipa a wɔaka kuro yi mu, a wɔafiri owuyadeɛ ne afena ne ɛkɔm mu no mahyɛ Babelhene Nebukadnessar nsa, ne wɔn atamfoɔ nsa, ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn kra no nsa, na wɔakunkum wɔn afena ano, ɔrenkame wɔn na ɔrente mma wɔn, na ɔrenhu wɔn mmɔbɔ. Na ɔman yi nso, ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede nkwa kwan ne owuo kwan meregu mo anim, deɛ ɔtena kuro yi mu no bɛwu afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, na deɛ ɔfiri adie de ne ho kɔma Kaldeafoɔ a wɔbɛtua mo no, ɔbɛnya nkwa, na ne kra adane Negeb no asadeɛ. Na mede m’ani makari kuro yi sɛ bɔne na ɛmmra ne soɔ, na ɛnyɛ papa, AWURADE asɛm nie, wɔde bɛhyɛ Babel hene nsa na ɔde ogya ahye. Na ka kyerɛ Yuda hene fie sɛ: Montie AWURADE asɛm: Dawid fie, sɛ AWURADE seɛ nie: Monni asɛntenenee anɔpa, na monyi deɛ wɔafom no afa mfiri omimfoɔ nsam, na m’abufuhyeɛ amfiri sɛ ogya ammɛhye a obi rennum, mo nneyɛɛ bɔne nti. Hwɛ, me ne mo a mote bonhwa mu, asaseta so botan soɔ no anya, AWURADE asɛm nie, mo a moka sɛ: Hwan na ɔbɛsiane aba yɛn soɔ, na hwan na ɔbɛba yɛn tenabea no? Na mɛba mabɛtua mo ka sɛ mo nneyɛɛ aba no teɛ, AWURADE asɛm nie, na mɛsɔ ogya wɔ ne kwaeɛ mu, na ahye ne nnoɔma nyinaa ahyia.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sɛ AWURADE seɛ nie: Siane kɔ Yuda hene fie, na kɔka asɛm yi hɔ sɛ: Tie AWURADE asɛm, Yuda hene a wote Dawid akonnwa soɔ no, wo ne wo nkoa ne wo man a wɔfa apono yi mu ba mu no. Sɛ AWURADE seɛ nie: Mommu atɛntenenee nyɛ ade tenenee, na monyi deɛ wɔafom no afa mfiri omimfoɔ nsam, na ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ, monnhom wɔn so, mommmɔ wɔn atirimuɔden, na mogya a ɛdi bem nso, monnhwie nngu wɔ ha yi. Na sɛ modi asɛm yi so ampa a, ɛnneɛ ahemfo a ɛtete Dawid akonnwa soɔ bɛtena nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so abɛfa efie yi apono akɛseɛ mu aba mu, wɔn ne ne nkoa ne wɔn man. Na sɛ moantie nsɛm yi a, ɛnneɛ maka me ho ntam, AWURADE asɛm nie, sɛ efie yi bɛdane fituo. Na sɛ AWURADE ka fa Yuda hene fie ho nie: Woyɛ me sɛ Gilead, ne Lebanon atifi, nanso mɛdane wo anwea pradada so, nkuro a wɔnte mu! Na mereyi asɛefoɔ atia wo, wɔn akodeɛ kurakura wɔn, na wɔabubu wo ntweneduro a wɔayie no de agu ogya mu. Na amanaman pii bɛtwam kuro yi ho, na wɔasese wɔn ho wɔn ho sɛ: Ɛnam deɛn so nti na AWURADE ayɛ kuro kɛseɛ yi seyie? Na wɔbɛbua wɔn sɛ: Ɛfiri sɛ wɔagya AWURADE wɔn Nyankopɔn apam, na wɔakɔsɔre anyame foforɔ asom wɔn. Monnsu owufoɔ na monnnyam no. Esu mmom na monsu deɛ ɔrekorɔ no, na ɔrensane mma bio mmɛhunu n’awoɔ asase. Na sɛ AWURADE ka no Salum a ɔyɛ Yudahene Yosia ba a ɔsii n’agya Yosia anan mu dii hene, a ɔfiri ha kɔeɛ no ho nie: Ɔrensane mma ha bio, na deɛ wɔatu no korɔ no, ɛhɔ na ɔbɛwuo, na ɔrenhunu asase yi bio. Deɛ ɔfa ɔkwan a ɛntene so kyekyere ne fie, na ɔde asisie si n’abansoro, na ɔma ne yɔnko yɛ adwuma kwa, na ɔmfa n’akatua mma no no nnue! Deɛ ɔka sɛ: Mɛsi dan a emu baeɛ ayɛ mu abansoro adan a ɛsoso pii mafa, na ɔtwitwa mu mpomma na ɔde ntweneduro sam mu, na ɔde adukɔkɔɔ sra mu! W’ani abere tweneduro ho yi nti, ɛyɛ wo sɛ woyɛ ɔhene? W’agya annidi annom wammu atɛntenenee anyɛ ade tenenee? Ɛno nti nso na ɛsii no yie. Ɔdii mmɔborɔni ne ohiani asɛm maa no, enti nso na ɛsii no yie. Ɛnyɛ yei ne me ho nimdeɛ? AWURADE asɛm nie. Nanso w’ani ne w’akoma nni hwee so sɛ wo mfasoɔ bɔne, ne mogya a ɛdi bem so sɛ ɛngu fam, ne amim ne nhyɛsoɔ so sɛ wobɛyɛ. Ɛno nti sɛ AWURADE ka no Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba no ho nie: Wɔrennyam no nka sɛ: Due, me nuabarima, anaa: Due, onuabaa! Wɔrennyam no nka sɛ: Due, owura! anaa: Due, n’animuonyam! Afunumu sie na wɔde bɛsie no, wɔbɛtwe no ato no atwene Yerusalem apono akyiri. Foro kɔ Lebanon kɔsu, na ma wo nne so wɔ Basan, na team firi Abarim, ɛfiri sɛ wɔadwerɛ w’adɔfo nyinaa. Wodii yie no, mekasa mekyerɛɛ wo, na wose: Merentie. Wo kwan a wofa so nie firi wo mmabaaberɛ mu, sɛ wontie me. Mframa bɛyɛne w’ayɛnfoɔ nyinaa, na w’adɔfo bɛkɔ nnommumfa mu; ɛno ansa na w’ani bɛwuo na w’anim agu ase, wo bɔne nyinaa ho. Wo a wote Lebanon ayɛ wo pirebuo ntweneduro soɔ no, sɛ ɔyea ne awoko a ɛte sɛ ɔbaa wofoɔ deɛ ba wo so a, sɛdeɛ wobɛsi ayɛ mmɔbɔ afa. Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE asɛm nie, sɛ Yudahene Konia, a ɔyɛ Yehoiakim ba no yɛ me nifa so nsɔanokaa mpo a, anka mɛte no afiri hɔ. Na mede wo bɛhyɛ wɔn a wɔhwehwɛ wo kra no nsa, ne wɔn a wosuro wɔn anim no nsa, ne Babelhene Nebukadnessar ne Kaldeafoɔ nsa; na mɛpra wo ne wo na a ɔwoo woɔ no akɔ asase bi a ɛnyɛ hɔ na wɔwoo mo so, na ɛhɔ ara na mobɛwuwuo, na asase a wɔn kra pɛ sɛ wɔbɛsane aba soɔ no, wɔrensane mma hɔ bio. Ɔbarima Konia yi ayɛ sɛ anwonneɛ a abɔ na wɔmmuo, anaa adeɛ bi a obiara ani nnye ho? Adɛn nti na wɔto no ne n’asefoɔ gu asase a wɔnnim soɔ so yi? O asase, asase, asase, tie AWURADE asɛm! Sɛ AWURADE seɛ nie: Montwerɛ wɔ ɔbarima yi ho sɛ ɔyɛ deɛ ɔnni ba, ɔbarima a ɔrenni yie ne nna mu, na n’asefoɔ mu obiara a ɔbɛtena Dawid ahennwa soɔ na wadi Yuda so bio no, renni yie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Nnwanhwɛfoɔ a wɔsɛe me nnwankuo bɔ wɔn pete no nnue! AWURADE asɛm nie. Enti sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn ka wɔ ahwɛfoɔ a wɔhwɛ me man no ho nie: Mo na moabɔ me nnwankuo no apete, na moapansam wɔn, na moanhwɛ wɔn. Hwɛ, mo na merebɛtua mo mo nneyɛɛ mu bɔne no so ka, AWURADE asɛm nie. Na me ara mɛboa me nnwan nkaeɛ ano afiri nsase a mapam wɔn akɔ soɔ no nyinaa so, na mede wɔn bɛsane aba wɔn adidibea bio, na wɔbɛwowo na wɔadɔ. Na mɛsisi wɔn so ahwɛfoɔ na wɔahwɛ wɔn, na wɔrensuro bio, na wɔn akoma rentu, na wɔn mu bi renyera, AWURADE asɛm nie. Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛma tenenee Duban bi so mama Dawid, na ɔbɛdi hene nimdeɛ so, na wabu atɛntenenee ayɛ ade tenenee asase no so. Ne berɛ so na wɔbɛgye Yuda nkwa, na Israel atena ase dwoodwoo, na yei ne ne din a wɔde bɛfrɛ no: AWURADE yɛn tenenee. Ɛno nti, hwɛ, AWURADE asɛm nie, nna bi reba a wɔrenka bio sɛ: Sɛ AWURADE a ɔyii Israel firii Misraim asase so baeɛ no te aseɛ yi, na mmom: Sɛ AWURADE a ɔkɔyii Israel fie asefoɔ firii atifi fam asase ne nsase a mepamm wɔn kɔɔ soɔ no nyinaa so baeɛ no te aseɛ yi! Na wɔbɛtena wɔn ankasa asase so. Adiyifoɔ no ho asɛm nie: M’akoma abubu me yam, me nnompe nyinaa sa biribiri; mayɛ sɛ nsaboni ne ɔbarima a waboro nsa, AWURADE ne ne nsɛm kronkron no nti. Na awaresɛefoɔ ahyɛ asase no so ma; na nnome nti asase no di abooboo, ɛserɛ so adidibea akusa; na wɔn mmirikatuo yɛ bɔne, na wɔn mmaninyɛ nso ntene. Na odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa nsuro Nyame, me fie mpo na mahunu wɔn bɔne, AWURADE asɛm nie. Ɛno nti wɔn kwan bɛyɛ wɔn sɛ esum kabii mu kwan torotoro, wɔbɛsunsum wɔn na wɔahwehwe ɛso ase, ɛfiri sɛ wɔn asotwe afe no mu, mede bɔne bɛba wɔn so, AWURADE asɛm nie. Na Samaria adiyifoɔ no mu, mahunu nkwaseasɛm, wɔde Baal hyɛɛ nkɔm de maa me man Israel fomee. Na Yerusalem adiyifoɔ no mu nso mahunu ahodwirideɛ, wɔsɛe awareɛ na wɔdi atorɔ, na wɔhyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa den, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na obiara ansane amfiri ne bɔne mu; wɔn nyinaa adane me sɛ Sodom, na emufoɔ ayɛ sɛ Gomora. Enti sɛ asafo AWURADE ka no adiyifoɔ no ho nie: Hwɛ, merema wɔn bɔnwono adi, na mama wɔn ɛborɔ nsuo anom, ɛfiri sɛ Yerusalem adiyifoɔ mu abɔnefosɛm afiri kɔ asase no nyinaa so. Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monntie adiyifoɔ a wɔhyɛ mo nkɔm no nsɛm, wɔde mo kɔ ahuhudeɛ mu. Wɔn adwene mu anisoadehunu na wɔka, ɛmfiri AWURADE anomu. Ka na wɔka kyerɛ wɔn a wɔpo me no sɛ: AWURADE se: Asomdwoeɛ bɛba ama mo. Na obiara nante n’akoma denyɛ mu a, wɔse: Bɔne biara remma mo so. Na wɔn mu hwan na wagyina AWURADE agyina no mu, na wahunu na wate n’asɛm, anaa hwan na wawɛn n’aso atie n’asɛm? Hwɛ, AWURADE ahum, abufuhyeɛ afiri adi, na ahum a ɛdi kyinhyia no bɛtwa ne ho abɛsi abɔnefoɔ tiri so. AWURADE abufuo no rensane kɔsi sɛ ɛbɛwie na ama n’akoma mu adwene agyina; nna a ɛdi akyire no mu no na mobɛhunu mu pefee. Mansoma adiyifoɔ no, nso wɔnyaa asɛm kɔkaeɛ; mankasa mankyerɛ wɔn, nso wɔhyɛɛ nkɔm. Na sɛ wɔgyinaa m’agyina mu a, anka wɔmaa me man tiee me nsɛm, na wɔasane wɔn afiri wɔn kwammɔne so ne wɔn nneyɛɛ bɔne no ho. Meyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ mpinkyɛeɛ mu, AWURADE asɛm nie, na menyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ akyirikyiri anaa? Sɛ obi de ne ho hunta huntabea bi a, merenhu no anaa? AWURADE asɛm nie. Ɛnyɛ ɔsoro ne asase na mayɛ so ma anaa? AWURADE asɛm nie. Mate deɛ adiyifoɔ a wɔde me din hyɛ nkɔntorɔ no keka sɛ: Maso daeɛ, maso daeɛ! no. Ɛnkɔsi da bɛn? Ɛwɔ adiyifoɔ a wɔka atorɔ adiyisɛm, na wɔka wɔn akoma mu nnaadaa nkɔm no akoma mu, wɔdwene sɛ wɔbɛma me man werɛ afiri me din, wɔn adaeɛ a wɔkeka kyerɛkyerɛ wɔn ho no nti, sɛdeɛ Baal nti wɔn agyanom werɛ firii me din no? Odiyifoɔ a ɔso daeɛ no, ma no nka ne daeɛso, na deɛ m’asɛm wɔ ne hɔ no, ma no nka m’asɛm nokorɛ mu. Ɛdeɛn na ntɛtɛ ne ayuo wɔ yɛ? AWURADE asɛm nie. M’asɛm nte sɛ ogya? AWURADE asɛm nie, na ɛnte sɛ asaeɛ a ɛbobɔ ɔbotan anaa? Enti, hwɛ, me ne adiyifoɔ no anya, AWURADE asɛm nie, nnipa a wɔwiawia me nsɛm wɔn yɔnkonom nkyɛn no. Hwɛ, me ne adiyifoɔ no anya, AWURADE asɛm nie, wɔn a wɔde wɔn tɛkyerɛma keka sɛ: AWURADE se, no. Hwɛ, me ne adiyifoɔ a wɔsoso atorɔ adaeɛ no anya, AWURADE asɛm nie; wɔn deɛ, wɔkeka adaeɛ no, na wɔde wɔn atorosɛm ne wɔn adwenharesɛm daadaa me man no, nanso mensomaa wɔn, na menhyɛɛ wɔn, na wɔn ho remma ɔman yi mfasoɔ biara, AWURADE asɛm nie. Na sɛ ɔman yi, anaa odiyifoɔ anaa ɔsɔfoɔ bi bisa wo sɛ: AWURADE adesoa ne deɛn? Ɛnneɛ kyerɛ wɔn sɛ: Wone adesoa no, na mɛto wo matwene, AWURADE asɛm nie. Na odiyifoɔ anaa ɔsɔfoɔ anaa ɔman no mu nipa biara ka sɛ: AWURADE adesoa a, na mɛba mabɛtwe onii ko no ne ne fie aso. Sei na monkeka nkyerɛ mo mfɛfoɔ, na onua nka nkyerɛ ne nua: Ɛdeɛn na AWURADE buaeɛ, na ɛdeɛn na AWURADE aka? Na AWURADE adesoa no deɛ, mommmɔ din bio, na obiara asɛm bɛdane no adesoa, ɛfiri sɛ moadanedane Onyankopɔn teasefoɔ, asafo AWURADE, yɛn Nyankopɔn nsɛm ani. Sei na ka kyerɛ odiyifoɔ no: Ɛdeɛn na AWURADE de buaa woɔ, na ɛdeɛn na AWURADE aka? Na sɛ moka sɛ: AWURADE adesoa no nti, sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ moka asɛm yi sɛ AWURADE adesoa no, na mesomaa mo nkyɛn sɛ: Monnka sɛ: AWURADE adesoa no, enti, hwɛ, me werɛ bɛfiri mo koraa, na mato mo ne kuro a mede memaa mo ne mo agyanom no afiri m’anim agu. Na mede daa ahohora ne daa nsopa a werɛ remfiri da ato mo so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE maa mehwɛe, na hwɛ, mmorɔdɔma nkɛntɛn mmienu a wɔde asisi AWURADE asɔredan anim nie, ɛberɛ a Babelhene Nebukadnessar tuu Yudahene Yekonia a ɔyɛ Yehoiakim ba ne Yuda asafohene ne adwumfoɔ ne atomfoɔ firii Yerusalem kɔɔ Babel no. Kɛntɛn baako mu wɔ mmorɔdɔma pa ara a ɛte sɛ mmorɔdɔma a abere kane, na kɛntɛn baako no mu wɔ mmorɔdɔma a ɛnyɛ koraa a yɛ a ɛnyɛ no nti wɔntumi nnie. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Yeremia, ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Mmorɔdɔma; mmorɔdɔma pa no deɛ, ɛyɛ sɛ, na deɛ ɛnyɛ no, ɛnyɛ koraa, na yɛ a ɛnyɛ nti wɔntumi nni. Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ mmorɔdɔma pa yi teɛ no, saa ara na mɛbu tukɔfoɔ a memaa wɔfirii ha yi kɔɔ Kaldeafoɔ asase soɔ no mayɛ wɔn yie; na mede m’ani bɛhwɛ wɔn papa, na mede wɔn masane aba asase yi so; na mede wɔn bɛsisi hɔ, na merendwiri wɔn, na mɛdua wɔn, na merentutu wɔn. Na mɛma wɔn akoma a wɔde bɛhu me sɛ mene AWURADE, na wɔadane me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn; na wɔde wɔn akoma nyinaa bɛsane aba me nkyɛn. Na sɛ mmorɔdɔma bɔne a yɛ a ɛnyɛ nti, wɔntumi nnie no teɛ no, sɛ AWURADE seɛ nie: Saa ara na mɛyi Yudahene Sedekia ne n’asafohene ne Yerusalem nkaeɛ a wɔaka asase yi soɔ no, ne wɔn a wɔte Misraim asase soɔ no mama, na mama wɔadwane wɔn ho ayɛ wɔn bɔne, asase so ahennie nyinaa mu, na wɔadanedane ahohora ne akasabebuo, ɛfene ne nnome baabiara a mɛsunsum wɔn akorɔ; na mɛma afena, ɛkɔm ne owuyadeɛ aba wɔn mu akɔsi sɛ wɔbɛsa koraa afiri asase a mede memaa wɔn ne wɔn agyanom no soɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn Yuda man nyinaa ho, Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnan (a ɛne Babelhene Nebukadnessar afe a ɛdi kan no mu) a Odiyifoɔ Yeremia kaeɛ, Yuda man no nyinaa ho kyerɛɛ Yerusalemfoɔ nyinaa nie: Ɛfiri Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba afe a ɛtɔ so dummiɛnsa soɔ de bɛduru nnɛ da yi, mfirinhyia aduonu mmiɛnsa yi mu, AWURADE asɛm baa me nkyɛn maa metuaa nhema meka kyerɛɛ mo, na moantie. Na AWURADE somaa ne nkoa adiyifoɔ nyinaa baa mo nkyɛn, ɔtuaa nhema somaa wɔn; na moantie, na moammrɛ mo aso ase antie. Wɔse: Monsane mfiri mo akwammɔne so ne mo nneyɛɛ bɔne mu, na moatena asase a AWURADE de ama mo ne mo agyanom no so afiri daapem akɔsi daapem. Na monnni anyame foforɔ akyi, nnkɔsom wɔn nnsɔre wɔn, na mommfa mo nsa ano nnwuma nnhuru me bo, na merenyɛ mo bɔne biara. Na moantie me, AWURADE asɛm nie, na mode mo nsa ano nnwuma huruu me bo maa no danee mo bɔne. Enti sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ moantie me nsɛm nti, hwɛ, meresoma ma wɔakɔfa atifi fam mmusua nyinaa, AWURADE asɛm nie, ne m’akoa, Babelhene Nebukadnessar, na mede wɔn aba asase yi ne ɛsotefoɔ so ne amanaman yi a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa so, na masɛe wɔn pasapasa, na mama wɔadane ahodwirideɛ ne fɛdie ne daa amamfo, na mama ahosan nne ne anigyeɛ nne ne ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne, oyuyammoɔ nkateɛ ne kanea hann ayera wɔn mu; na asase yi nyinaa bɛdane amamfo ne ahodwirideɛ, na amanaman yi asom Babel hene mfirinhyia aduɔson. Na ɛbɛba sɛ, sɛ mfirinhyia aduɔson wie duru a, mɛba mabɛtua Babel hene ne ɔman no, Kaldeafoɔ asase no amumuyɛ so ka, na madane no daa amamfo, AWURADE na ɔseɛ. Na mɛma me nsɛm a meka meguu asase no soɔ no nyinaa aba mu wɔ ne ho, ade a wɔatwerɛ no nwoma yi mu a Yeremia hyɛɛ ho nkɔm guu amanaman nyinaa soɔ no nyinaa, na amanaman bebree ne ahemfo akɛseɛ de wɔn bɛyɛ nkoa, na mɛtua wɔn wɔn nneyɛɛ ne wɔn nsa ano adwuma so ka. Na sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn aka akyerɛ me nie: Gye abufuhyeɛ nsa kuruwa yi me nsam, na ma amanaman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom, na wɔanom atɔ ntintan, abobɔ adam, afena a meresoma aba wɔn mu no nti. Ɛnna megyee kuruwa no AWURADE nsam, na memaa amanaman a AWURADE somaa me wɔn nkyɛn no nyinaa nomee, Yerusalem ne Yuda nkuro ne emu ahemfo ne emu asafohene, sɛ wɔnyɛ amamfo, ahodwirideɛ, fɛdie ne nnome sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ da yi: Misraimhene Farao ne ne nkoa ne n’asafohene ne ne man nyinaa, ne amamfrafoɔ no nyinaa, ne Us asase so ahemfo nyinaa, ne Filistifoɔ asase so ahemfo nyinaa, ne Askelon ne Gasa ne Ekron ne Asdod nkaeɛ no, Edom ne Moab ne Amonfoɔ, ne Tiro ahemfo nyinaa ne Sidon ahemfo nyinaa ne ɛpo akyiri nohoa asase so ahemfo, Dedan, Tema, Bus ne wɔn a wɔatwitwa wɔn bɔgyesɛ putuo no nyinaa, ne Arabia ahemfo nyinaa, ne afrafrafoɔ ahemfo a wɔte anwea pradada soɔ no nyinaa, ne Simri ahemfo nyinaa ne Elam ahemfo nyinaa ne Media ahemfo nyinaa, ne atifi fam ahemfo nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no mu biara, ne asase so ahennie ahodoɔ a ɛwowɔ asase ani nyinaa no, na Sesak hene na ɔbɛka wɔn nyinaa akyiri anom. Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Monnom na mommobo, na momfefe, na monhwehwe ase, na monnnsɔre bio, ɛsiane afena a merema no aba mo mu no nti. Na ɛbɛba sɛ wɔampɛ sɛ wɔgye wo nsam kuruwa no nom a, ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nom ara na monnom. Na hwɛ, kuro a wɔde me din ato no so na merefiri ama bɔne aba yi, na mo deɛ mobɛfa mo ho adi sɔnn anaa? Moremfa mo ho nni sɔnn, na mmom afena na merefrɛ aba asase sofoɔ nyinaa soɔ, asafo AWURADE asɛm nie. Enti hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm kyerɛ wɔn, na se wɔn sɛ: AWURADE firi sorosoro bobom, na ɔma ne nne so firi ne tenabea kronkron hɔ; bɔ na ɔbobɔ mu gu ne nkurɔfoɔ soɔ, ɔteɛ mu sɛ bobe abawɔfoɔ, de tia asase no sofoɔ nyinaa. Hooyɛ no bɛduru asase ano nohoa, na AWURADE ne amanaman reham; ɔrebu honam nyinaa atɛn; ɔde abɔnefoɔ ato afena ano, AWURADE asɛm nie. Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, bɔne refiri adi afiri ɔman so kɔ ɔman so, na ahum kɛseɛ atu afiri asase anoano. Na da no na AWURADE bɛma atɔfoɔ adeda hɔ afiri asase ano akɔsi asase ano, wɔrenyɛ wɔn ayie, na wɔremmoa wɔn ano, na wɔrensie wɔn; wɔbɛyeyɛ sumina asase ani. Mommɔ abubuo, nnwanhwɛfoɔ, na monsu, na mommunimuni wɔ nso mu, mo nnwankuo mu akunini, na mo kum ne mo hweteɛ nna adu; na mobɛwuwu sɛ nnwanini a wɔn ho yɛ akɔnnɔ; na nnwanhwɛfoɔ no rennya kwan nnwane, na nnwankuo mu akunini nso rennya kwan mfiri mu. Wɔte nnwanhwɛfoɔ su ne nnwankuo no mu akunini abububɔ, ɛfiri sɛ AWURADE resɛe wɔn mmoa adidibea, na asomdwoeɛ tenabea no ayɛ komm, AWURADE abufuo hyehyeɛ no anim. Wagya ne daberɛ sɛ gyataburuwa, na wɔn asase adane amamfo, n’afena namnam no ne n’abufuo hyehyeɛ no anim.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba ahennie mfitiaseɛ na asɛm yi firii AWURADE nkyɛn baa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Kɔgyina AWURADE fie abannwa mu, na Yuda nkuro a wɔba AWURADE fie asɔre no nyinaa, ka nsɛm a mehyɛ wo sɛ ka kyerɛ wɔn no nyinaa gu wɔn so; nyi mu asɛm biara; ebia wɔbɛtie, na wɔasane afiri wɔn akwammɔne so, na manu me ho, bɔne a ɛwɔ me tirim sɛ wɔn nneyɛɛ bɔne nti mɛyɛ wɔn no ho. Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛ montie me nni me mmara a mede mesii mo anim no so, na montie me nkoa adiyifoɔ a meresoma wɔn mo nkyɛn a metua nhema mesoma wɔn, na moantie wɔn nsɛm no a, ɛno deɛ mɛyɛ efie yi sɛ Silo, na mede kuro yi bɛyɛ nnome mama asase so amanaman nyinaa. Na asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne ɔman no nyinaa tee sɛ Yeremia reka nsɛm yi AWURADE fie. Na Yeremia wiee nsɛm nyinaa a AWURADE hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa ka no, asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne ɔman no nyinaa kyeree no kaa sɛ: Wuo na wobɛwuo. Adɛn nti na wode AWURADE din hyɛ nkɔm sɛ: Efie yi bɛyɛ sɛ Silo, na kuro yi bɛsɛe a obi rentena mu? Na ɔman no nyinaa bɛhyiaa AWURADE fie tiaa Yeremia. Na Yuda mmapɔmma tee nsɛm yi no, wɔfiri ahemfie foro baa AWURADE fie, na wɔbɛtenaa ase, AWURADE Ponkɛseɛ Foforɔ no ano. Na asɔfoɔ ne adiyifoɔ no ka kyerɛɛ mmapɔmma ne ɔman no nyinaa sɛ: Wɔmmu ɔbarima yi kumfɔ, ɛfiri sɛ wahyɛ kuro yi ho nkɔm sɛdeɛ mo aso teeɛ no. Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ mmapɔmma no nyinaa ne ɔman no nyinaa sɛ: AWURADE na asoma me sɛ memmɛhyɛ efie yi ne kuro yi ho nkɔm menka nsɛm a moteeɛ no nyinaa. Na afei montenetene mo akwan ne mo nneyɛɛ, na montie AWURADE mo Nyankopɔn, na AWURADE nnu ne ho bɔne a ɔkaa no mo ho no ho. Na me deɛ, hwɛ, mewɔ mo nsam, monyɛ me sɛdeɛ ɛyɛ na ɛtene mo ani soɔ. Hunu nko na monhunu sɛ, sɛ moku me a, mogya a ɛdi bem na mobɛhwie agu mo ne kuro yi ne emutefoɔ soɔ, na nokorɛ mu, AWURADE na asoma me mo nkyɛn, sɛ memmɛka nsɛm yi nyinaa ngu mo aso mu. Ɛnna mmapɔmma ne ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ asɔfoɔ ne adiyifoɔ no sɛ: Ɔbarima yi nsɛ wuo, ɛfiri sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn din mu na ɔkasa kyerɛɛ yɛn. Na mmarima bi firi asase no so mpanimfoɔ mu sɔree, na wɔka kyerɛɛ ɔman badwafoɔ no nyinaa sɛ: Mika a ɔfiri Moreset hyɛɛ nkɔm Yudahene Hesekia berɛ so, na ɔka kyerɛɛ Yuda man nyinaa sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Wɔbɛfuntum Sion sɛ afuo, na Yerusalem adane nkunkumaboɔ akuakuo, na efie no bepɔ no adane kwaeɛ mu sorɔnsorɔmmea. Kum na Yudahene Hesekia ne Yuda nyinaa kum no anaa? Ɛnyɛ AWURADE na ɔsuroo no, na ɔkoto srɛɛ AWURADE, na AWURADE nso nuu ne ho bɔne a ɔka guu wɔn soɔ no ho? Na yɛn deɛ, yɛreyɛ bɔne kɛse atia yɛn kra yi? Na ɔbarima bi nso wɔ hɔ a ɔbɛkaa adiyisɛm AWURADE din mu, Semaia ba Uria a ɔfiri Kiriat-yearim, na ɔhyɛɛ kuro yi ne asase yi ho nkɔm sɛ Yeremia deɛ no ara. Na Ɔhene Yehoiakim ne ne nnɔmmarima nyinaa ne asafohene no nyinaa tee ne nsɛm no, anka ɔhene rehwehwɛ no aku no. Na Uria tee, na ɔsuroe, na ɔdwane kɔɔ Misraim. Na Ɔhene Yehoiakim somaa mmarima bi kɔɔ Misraim, mekyerɛ Akbor ba Elnatan ne mmarima bi a wɔka ne ho, na wɔfaa Uria firii Misraim de no brɛɛ Ɔhene Yehoiakim, na ɔde afena kumm no, na ɔtoo ne funu twenee teman mufoɔ ada so. Nso Safat ba Ahikam nsa na na ɛda Yeremia ho, deɛ ɛbɛyɛ na wɔamfa no anhyɛ ɔman no nsa na wɔanku no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yudahene Sedekia a ɔyɛ Yosia ba ahennie mfitiaseɛ na asɛm yi firii AWURADE nkyɛn baa Yeremia hɔ sɛ: Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Yɛ nkyehoma ne kɔnnua fa, na fa hyɛ wo kɔn; na fa abɔfoɔ a wɔbaa Yudahene Sedekia nkyɛn Yerusalem no so mane Edom hene, Moab hene, Amon mma hene, Tiro hene ne Sidon hene, na hyɛ wɔn na wɔnkɔka nkyerɛ wɔn wuranom sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ monkɔka nkyerɛ mo wuranom nie: Me na mede me tumi kɛseɛ ne me basa a atene meyɛɛ asase, nnipa ne mmoa a wɔwɔ asase ani, na mede mema obiara sɛdeɛ ɛtene wɔ m’ani soɔ. Na afei mede nsase yi nyinaa mahyɛ m’akoa Nebukadnessar, Babel hene no nsa, na mede wiram mmoa mpo mama no sɛ wɔnsom no. Na amanaman nyinaa bɛsom no ne ne ba ne ne ba ba ara akɔsi sɛ ɔno nso n’asase berɛ bɛduro, na amanaman bebree ne ahemfo akɛseɛ ama no asom wɔn. Na ɛbɛba sɛ ɔman ne ahennie a wɔnsom ɔno Babelhene Nebukadnessar na wɔmfa wɔn kɔn nhyɛ Babel hene kɔnnua aseɛ no, afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ na mede bɛba abɛtwe ɔman no aso, AWURADE asɛm nie, akɔsi sɛ mɛdwerɛ wɔn ne nsam. Enti monntie mo adiyifoɔ ne mo nkɔmhyɛfoɔ ne mo daeɛ ne mo akɔmfoɔ ne mo ntafowayifoɔ a wɔka kyerɛ mo sɛ morensom Babel hene no, na nkɔntorɔ na wɔhyɛ mo, deɛ ɛbɛyɛ na wɔayi mo afiri mo asase so akɔ akyirikyirie, na masunsum mo na moayera. Na ɔman a ɛde ne kɔn hyɛ Babel kɔnnua aseɛ na ɛsom no no, mɛma no aka n’asase so, AWURADE asɛm nie, na wɔadɔ so atena so. Na mekasa mekyerɛɛ Yudahene Sedekia sɛdeɛ nsɛm yi nyinaa teɛ sɛ: Momfa mo kɔn nhyɛ Babel kɔnnua ase, na monsom no ne ne man, na moanya nkwa. Adɛn nti na wo ne wo man rebɛwuwu afena, ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ ɔman a ɛrensom Babel hene no? Na monntie adiyifoɔ a wɔse mo sɛ: Monnsom Babel hene no, ɛfiri sɛ nkɔntorɔ na wɔhyɛ mo. Na mensomaa wɔn, AWURADE asɛm nie, na wɔn ara na wɔde me din hyɛ nkɔntorɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na masunsum mo, na moayera, mo ne mo adiyifoɔ a wɔhyɛ mo nkɔm no. Na asɔfoɔ no ne ɔman yi nyinaa, meka mekyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Monntie adiyifoɔ a wɔhyɛ mo nkɔm sɛ: Hwɛ, ɛrenkyɛre koraa na wɔde AWURADE fie nnoɔma no bɛsane afiri Babel aba, no nsɛm, na nkɔntorɔ na wɔhyɛ mo. Monntie wɔn; monsom Babel hene na monnya nkwa, adɛn nti na kuro yi nnane akurofo? Na sɛ wɔyɛ adiyifoɔ, na sɛ AWURADE asɛm wɔ wɔn hɔ a, ma wɔnkoto nsrɛ asafo AWURADE, na nnoɔma a aka AWURADE fie ne Yuda hene fie ne Yerusalem no ankɔ Babel. Na sei na asafo AWURADE ka no adum ne ɛpo ne nsugyeɛ nnaka ne nnoɔma a aka kuro yi mu nkaeɛ no ho, nnoɔma a Babelhene Nebukadnessar tuu Yudahene Yekonia a ɔyɛ Yehoiakim ba ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma firi Yerusalem kɔɔ Babel no wamfa ankorɔ no, sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn ka wɔ nnoɔma a ɛkaa AWURADE fie ne Yuda hene fie ne Yerusalem ho nie: Wɔde bɛkɔ Babel, na ɛhɔ na ɛbɛtena akɔsi da a mɛba mabɛhwɛ wɔn, AWURADE asɛm nie, na mede wɔn asane aba ha.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na afe no ara mu, Yudahene Sedekia ahennie mfitiaseɛ afe a ɛtɔ so nnan no bosome a ɛtɔ so nnum so, Asur ba Odiyifoɔ Hanania a ɔfiri Gibeon no ka kyerɛɛ me wɔ AWURADE fie, asɔfoɔ ne ɔman no nyinaa anim sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Mabubu Babel hene kɔnnua no, ɛha mfirinhyia mmienu pɛ, mede AWURADE fie nnoɔma a Babelhene Nebukadnessar bɛfa firii ha yi de kɔɔ Babel no nyinaa bɛsane aba ha bio. Na Yudahene Yekonia a ɔyɛ Yehoiakim ba ne Yuda atukɔfoɔ a wɔkɔɔ Babel no nyinaa, mede wɔn bɛsane aba ha yi bio, AWURADE asɛm nie, na mɛbubu Babel hene kɔnnua no. Na Odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Odiyifoɔ Hanania, asɔfoɔ no ne ɔman a wɔgyinagyina AWURADE fie no nyinaa anim, na Odiyifoɔ Yeremia kaa sɛ: Amen, AWURADE ma no nyɛ saa! AWURADE mma wo nsɛm a worehyɛ nkɔm sɛ wɔde AWURADE fie nnoɔma ne atukɔfoɔ nyinaa bɛfiri Babel asane aba ɛha yi no mmra mu. Nanso tie asɛm a mereka wo ne ɔman no nyinaa aso mu yi ɛ: Adiyifoɔ a wɔdii m’anim ne w’anim firi teteete no, wɔhyehyɛɛ nsase bebree ne ahennie akɛseɛ akodie ne bɔne ne owuyadeɛ ho nkɔm. Odiyifoɔ a ɔhyɛ asomdwoeɛ ho nkɔm no, sɛ odiyifoɔ no asɛm nya ba mu a, ɛno na wɔhunu odiyifoɔ a AWURADE somaa no nokorɛ mu. Ɛnna Odiyifoɔ Hanania yii kɔnnua no firii Odiyifoɔ Yeremia kɔn mu bubuu mu. Na Hanania kaa no ɔman no nyinaa anim sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Saa ara na mɛbubu Babelhene Nebukadnessar kɔnnua no afiri amanaman nyinaa kɔn mu, ɛha mfeɛ mmienu pɛ! Na Yeremia sii mu kɔɔ ne kwan. Na Odiyifoɔ Hanania bubuu kɔnnua no firii Odiyifoɔ Yeremia kɔn mu no akyiri no, AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: Kɔ na kɔka kyerɛ Hanania sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Dua kɔnnua na woabubu mu, na mɛyɛ dadeɛ kɔnnua asi ananmu. Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Dadeɛ kɔnnua na mede mato amanaman yi nyinaa kɔn mu, sɛ wɔnsom Babelhene Nebukadnessar; nso wɔbɛsom no, na mede wiram mmoa mpo mama no. Na Odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Odiyifoɔ Hanania sɛ: Hanania, tie ɛ, AWURADE nsomaa wo, na wo na woama ɔman yi de wɔn ho ato atorɔ soɔ. Ɛno nti, sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, meretu wo afiri asase ani: Afe yi na wobɛwuo, ɛfiri sɛ woaka atuateɛ atia AWURADE. Na Odiyifoɔ Hanania wuu afe no ara mu bosome a ɛtɔ so nson no mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Nso Odiyifoɔ Yeremia twerɛɛ nsɛm yi hyɛɛ nwoma mu de firi Yerusalem manee atukɔfoɔ no mu mpanimfoɔ nkaeɛ ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne nkurɔfoɔ a Babelhene Nebukadnessar tuu wɔn firii Yerusalem kɔɔ Babel no nyinaa, berɛ a Ɔhene Yekonia ne ɔhene ne na ne mpiafoɔ ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma ne adwumfoɔ ne atomfoɔ firii Yerusalem kɔeɛ no; ɔde manee Safan ba Elasa ne Hilkia ba Gemaria a Yudahene Sedekia somaa wɔn maa wɔkɔɔ Babelhene Nebukadnessar nkyɛn wɔ Babel no; ɛse: Sei na asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn ka kyerɛɛ atukɔfoɔ a memaa wɔtuu wɔn firii Yerusalem kɔɔ Babel no nyinaa: Monsisi adan na montena mu, na monyɛ nturo na monni mu aba. Monwareware yerenom, na monwowo mmabanin ne mmammaa, na monwareware yerenom mma mo mma, na momfa mo mmammaa mmema ekununom awareɛ, na wɔnwowo mmabanin ne mmammaa, na monnɔɔso ɛhɔnom na moansua. Na monhwehwɛ kuro a memaa wɔtuu mo kɔɔ hɔ no yiedie, na mommɔ AWURADE mpaeɛ mma no; na ne yiedie mu na mobɛdi yie. Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Mommma mo adiyifoɔ a wɔwɔ mo mu no ne mo nkɔmhyɛfoɔ no nnsisi mo, na monntie wɔn daeɛ a wɔsoso no, na atorɔ mu na wɔde me din hyɛ mo nkɔm, mensomaa wɔn, AWURADE asɛm nie. Na sɛ AWURADE seɛ nie: Mfirinhyia aduɔson nya duru wɔ Babel a, mɛba mabɛhwɛ mo, na mama m’asɛmpa no aba mu ama mo, sɛ mede mo bɛsane aba ha yi. Na me deɛ, menim adwene ko a meredwene mo ho, AWURADE asɛm nie, asomdwoeɛ adwene, na ɛnyɛ bɔne deɛ, sɛ merema mo awieeɛ pa ne anidasoɔ. Na mobɛfrɛ me, na moakɔ akɔbɔ me mpaeɛ, na matie mo. Na mobɛhwehwɛ me ahu me, ɛfiri sɛ mode mo akoma nyinaa bɛhwehwe m’akyiri kwan. Na mɛma moahu me, AWURADE asɛm nie. Na mede mo nnommum bɛsane aba, na maboa mo ano afiri amanaman a mapam mo akɔ hɔ no nyinaa mu, AWURADE asɛm nie, na mede mo bɛsane aba deɛ memaa wɔtuu mo firi hɔ kɔeɛ no. Ɛsiane sɛ moka sɛ: AWURADE ama adiyifoɔ so ama yɛn Babel nti, sei na AWURADE ka no ɔhene a ɔte Dawid adwa soɔ no ne ɔman a wɔte kuro yi mu, mo nuanom a wɔne mo amfiri ankɔ tukorɔ no mu no nyinaa ho, sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, merema afena, ɛkɔm ne owuyadeɛ aba wɔn mu, na mama wɔadane sɛ mmorɔdɔma porɔeɛ a yɛ a ɛnyɛ nti wɔntumi nnie. Na mede afena, ɛkɔm ne owuyadeɛ bɛti wɔn, na mama wɔadwane wɔn ho asase so ahennie nyinaa mu, na wɔadane nnome ne ahodwirideɛ ne fɛdie ne ahohoradeɛ, amanaman a mapam wɔn akɔ hɔ no mu, ɛfiri sɛ wɔantie me nsɛm, AWURADE asɛm nie, sɛ mesomaa me nkoa adiyifoɔ maa wɔbaa wɔn nkyɛn, metuaa nhema mesomaa wɔn, nso moantie, AWURADE asɛm nie. Enti montie AWURADE asɛm, mo atukɔfoɔ a mama moafiri Yerusalem akɔ Babel no nyinaa. Sei na asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn ka no Kolaia ba Ahab ne Maaseia ba Sedekia a wɔde me din hyɛ mo nkɔntorɔ no ho: Hwɛ, mede wɔn merehyɛ Babelhene Nebukadnessar nsa, na wakum wɔn mo anim. Na wɔmfa wɔn nyɛ nnome, Yuda atukɔfoɔ a wɔwɔ Babel no nyinaa anomu sɛ: AWURADE nyɛ wo sɛ Sedekia ne Ahab a Babel hene de ogya hyee wɔn no, ɛsiane sɛ wɔadi nkwaseasɛm Israel, na wɔafefa wɔn mfɛfoɔ yerenom, na wɔaka me din mu atorosɛm a menhyɛɛ wɔn, na me na menim, na mene danseni, AWURADE asɛm nie. Na ka kyerɛ Nehelamni Semaia sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ wo ara wo din mu wode nwoma amane ɔman a ɛwɔ Yerusalem nyinaa ne Maaseia ba Ɔsɔfoɔ Sefania ne asɔfoɔ no nyinaa sɛ: AWURADE ahyɛ wo sɔfoɔ asi Ɔsɔfoɔ Yehoiada ananmu, sɛ ɔhwɛfoɔ, sɛ hwɛ AWURADE fie nti, obiara a wabɔ dam na ɔhyɛ nkɔm, na woato no dua mu ne ɛdan mu nti, afei, adɛn nti na woantwi Anatotni Yeremia a ɔhyɛ mo nkɔm no anim? Ɛfiri sɛ wasoma ama wɔaba yɛn nkyɛn Babel sɛ: Ɛbɛkyɛ, monsisi adan ntena mu na monyɛ nturo nni mu aba! Na Ɔsɔfoɔ Sefania kenkann nwoma yi guu Odiyifoɔ Yeremia aso mu. Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: Soma ma wɔnkɔse atukɔfoɔ no nyinaa sɛ: Sei na AWURADE ka no Nehelamni Semaia ho: Ɛsiane sɛ Semaia ahyɛ mo nkɔm, na mansoma no, na wama mode mo ho ato atorɔ soɔ nti, sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mereba mabɛtwe Nehelamni Semaia ne n’asefoɔ aso, ɔrennya obi a ɔbɛtena ɔman yi mu a, ɔbɛhunu papa a merebɛyɛ me man no, AWURADE asɛm nie, ɛfiri sɛ waka atuateɛ atia AWURADE.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn no se: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Twerɛ nsɛm a maka akyerɛ woɔ yi hyɛ nwoma mu fa. Na hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mede me man Israel ne Yuda nnommum bɛsane aba, AWURADE na ɔseɛ, na mama wɔasane aba asase a mede memaa wɔn agyanom no so, na wɔabɛdi so. Na yeinom ne nsɛm a AWURADE kaa no Israel ne Yuda ho no, na sei na AWURADE seɛ: Yɛate ahopopoɔ nne, ehu aba, na asomdwoeɛ nni hɔ. Mommisa ɛ, na monhwɛ, sɛ ɔbarima bɛko awoɔ anaa? Adɛn nti na mehunu mmarima nyinaa nsa sɛ ɛsisi wɔn asene, sɛ ɔbaa a ɔrewoɔ deɛ, na obiara anim ayɛ fitaa yi? Buei! Ɛda no so a ebi renyɛ sɛ ɛno, na ɛyɛ ahohiahia berɛ ma Yakob. Nanso wɔbɛfiri emu hɔ ara agye no nkwa. Na ɛbɛba sɛ ɛda no, asafo AWURADE na ɔseɛ, mɛbubu ne kɔnnua afiri wo kɔn mu, na matete wo nkyehoma, na ananafoɔ renni no nya bio. Na wɔbɛsom AWURADE, wɔn Nyankopɔn, ne wɔn hene Dawid a mɛma no so mama wɔn no. Enti, nsuro, m’akoa Yakob, AWURADE asɛm nie, na mma w’akoma nntu, O Israel, na hwɛ, meregye wo afiri akyirikyiri, na magye w’asefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so; na Yakob bɛsane aba abɛhome atena ase dwoodwoo a obiara renyi no hu. Na medi w’akyiri sɛ mɛgye wo nkwa, AWURADE asɛm nie; na mɛma amanaman a mabɔ wo apete hɔ no nyinaa awie sa, nso wo deɛ, meremma wonwie sa, na mɛtwe w’aso atenetene so, na bem deɛ meremma wonni. Na sɛ AWURADE seɛ nie: Wo kuro aporɔ, wo pira nni asayɛ. Obiara nni hɔ a ɔdi ma woɔ a ɔbɛtoto woɔ, nnuro ne ntaresoɔ nnoɔma nni hɔ mma wo. W’adɔfo nyinaa werɛ afiri wo, wɔmmisa w’akyiri kwan. Na ɔtamfoɔ pira na mapira woɔ, otirimuɔdenfoɔ asotwe na mede atwe woɔ, w’amumuyɛ dodoɔ so, ɛnam sɛ wo bɔne mu yɛ den nti. Adɛn na woteam wo kuro ho sɛ wo yea nni asayɛ? W’amumuyɛ dodoɔ, wo bɔne a emu yɛ den nti na mayɛ wo seyie yi. Ɛno nti wɔn a wɔtete wo mu nyinaa, wɔbɛte wɔn mu, na wɔn a wɔhiahia wo ho nyinaa, wɔn nyinaa bɛkɔ nnommum mu, na wɔn a wɔtwa wo dwo no, wɔbɛtwa wɔn dwo, na wɔn a wɔfom wo fa nyinaa, mɛma wɔafom wɔn afa. Na mɛkyekyere wo kuro, na masa w’apirakuro, AWURADE asɛm nie, ɛfiri sɛ wɔfrɛ wo “Deɛ wɔapam no, Sion a obiara mmisa n’akyiri kwan.” Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede Yakob ntomadan mu nnommum meresane aba, na me yam ahyehye me ne tenabea ho; na wɔbɛkyekyere kuro no ne daberɛ, na aban afɛfɛ nso bɛsi deɛ ɛsie. Na wɔn mu na aseda nnwom ne agofoɔ nne bɛfirie; na mɛma wɔadɔɔso, na wɔrensua, na mɛhyɛ wɔn animuonyam, na wɔrenyɛ ketewa. Na ne mma bɛyɛ sɛ akane no, na n’asafo no agyina m’anim pintinn, sɛ tete no, na mɛba mabɛtwe wɔn a wɔha no nyinaa aso. Na wɔn hene bɛfiri wɔn ara wɔn mu, na wɔn sodifoɔ nso afiri wɔn mu, na mɛma no atwe apini, na ɔbɛbɛn me, na hwan ne deɛ ɔbɛsi ne bo sɛ ɔbɛbɛn me? AWURADE asɛm nie. Na mobɛyɛ me ɔman, na me nso mayɛ mo Onyankopɔn. Hwɛ, AWURADE ahum ne abufuhyeɛ retu, ahum a ɛdi kyinhyia ɛbɛsi abɔnefoɔ atifi. AWURADE abufuo hyehyeɛ rensane, gye sɛ ayɛ n’akomam nsusuiɛ ama no atim ansa; nna a ɛdi akyire no mu na mobɛte yei aseɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛberɛ no mu no, AWURADE asɛm nie, mɛyɛ Israel mmusua no nyinaa wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman. Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔman a wɔafiri mu afiri afena ano no anya adom ɛserɛ so; berɛ a na Israel rehwehwɛ ahome no. AWURADE ama mahu no akyirikyiri. Na daa dɔ na mede madɔ woɔ, enti na matwe wo adɔeɛ soɔ. Mɛsi wo bio, na woasi hɔ, O Israel baabunu; wobɛhyehyɛ wo mpintin aduradeɛ bio, na woafiri adi, agofoɔ asa mu. Wobɛtɛ bobe nturo wɔ Samaria mmepɔ so bio; atɛfoɔ bɛtɛ, na wɔbɛdi so aba nso. Na ɛda bi wɔ hɔ a awɛmfoɔ bɛteam wɔ Efraim kuro bepɔ so sɛ: Monsɔre mma yɛmforo nkɔ Sion, AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn. Na sɛ AWURADE seɛ nie: Monto Yakob ho ahurisie dwom, mommɔ ose mma amanaman sodifoɔ no. Momma wɔnte, monyi ayɛ, na monka sɛ: AWURADE, gye wo man, Israel nkaeɛ no nkwa. Hwɛ, mede wɔn mefiri atifi fam asase so mereba, na makɔboa wɔn ano afiri asase ano tɔnn; wɔn mu anifirafoɔ ne mpakye, apemfoɔ ne mmaatan nyinaa wɔ mu bi; asafo yuu na wɔbɛsane aba. Wɔde esu ne nkotosrɛ bɛba, na mɛdi wɔn anim de wɔn akɔ asutene ho, ɔkwan tee a wɔrensunti wɔ soɔ; na mayɛ Israel agya, na Efraim ne m’abakan. Montie AWURADE asɛm, O amanaman, na monka no akyirikyiri nsuano aman so sɛ: Deɛ ɔbɔɔ Israel peteeɛ no reboa wɔn ano, na wahwɛ wɔn sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwɛ ne nnwan. Na AWURADE agye Yakob, na wayi no afiri deɛ ɔyɛ den sene no nsam. Na wɔbɛba abɛto ahurisie dwom, Sion sorɔnsorɔnbea hɔ, na wɔn ani aka AWURADE nnepa ho, aduane ne nsa ne ngo ne nnwammaa ne anantwie ho, na wɔn asetena ayɛ sɛ turo a anya nsuo pii, na wɔrenkɔ so ntɔ piti bio. Ɛno na mmammaa ani bɛgye asa mu, na mmeranteɛ ne nkɔkoraa abom anya anigyeɛ; na mɛdane wɔn abooboodie ahosan, na makyekyere wɔn werɛ, na mama wɔn ani agye afiri wɔn awerɛhoɔ mu. Na mɛma sradeɛ amee asɔfoɔ no kra, na me man adi me nnepa ameemee, AWURADE asɛm nie. Sɛ AWURADE seɛ nie: Wɔte nne bi Rama, agyaadwotwa ne esu yaya. Rahel resu ne mma, na ɔmpene sɛ wɔkyekyere ne werɛ ne mma ho, ɛfiri sɛ wɔnni hɔ. Sɛ AWURADE seɛ nie: Mua w’ano, na woansu, ne w’ani nso, na ampore nisuo, na w’adwuma so akatua wɔ hɔ, AWURADE asɛm nie, na wɔbɛsane afiri ɔtamfoɔ asase no so; na anidasoɔ wɔ hɔ ma wo daakye, AWURADE asɛm nie, wo mma bɛsane aba wɔn asase so bio. Teɛ na mate mmom, sɛ Efraim redi abooboo sɛ: Woatwe m’aso, na m’aso atwe nso, sɛ nantwie ba a wɔnkyerɛkyerɛɛ no. Dane me, na madane aba, na wo, AWURADE, ne me Nyankopɔn. Na me nsaneakyire akyi mesakyerae, na manya mahunu me ho yi, mebɔ me srɛ so; m’ani awu, na masopa mpo, ɛfiri sɛ mɛsɔ me mmeranteberɛ mu ahohora. Efraim yɛ me ɔdɔ ba? Anaa abotɔyam ba? Sɛ dodoɔ ara a mekasa mekyerɛ no yi, nkaeɛ ara na meda so mekae no? Ɛno nti na me nsono mu twitwa ma no, ɔno ho hyehyeɛ na me yam hyehye me ma no, AWURADE asɛm nie. Hyɛ ɔkwan no nso fa, sisi kwankyerɛ adum fa, fa w’akoma si ɔtempɔn, ɔkwan a wofaa soɔ no so. Sane bra, O Israel baabunu, sane bra wo nkuro yi mu. Wobɛwɔ ntwɛtwɛdɛ akɔsi da bɛn, O ɔbabaa akyirisanfoɔ? Na AWURADE abɔ ade foforɔ, asase so, ɔbaa bɛbɔ ɔbarima ho ban. Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Menya mede wɔn nnommum mesane ba a, wɔbɛsane aka asɛm yi Yuda asase so ne ne nkuro mu sɛ: AWURADE ahyira wo, tenenee tenabea, O bepɔ kronkron. Na Yuda ne ne nkuro nyinaa bɛbom atena mu, akuafoɔ ne wɔn a wɔne mmoakuo di atutena. Na mɛma ɔkra a watɔ bera ani so atete no, na mama akra a wɔatɔ piti nyinaa amee. Yei so na menyaneeɛ, na mehwɛe, na me nna no tee me dɛ mu. Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛdua Israel fie ne Yuda fie mama nnipa ase ne mmoa ase akyene. Na sɛdeɛ m’ani saa wɔn sɛ mɛtutu na mabubu na madwiri na masɛe na mayɛ no bɔne no, saa ara na m’ani bɛku wɔn ho sɛ mɛsi na madua, AWURADE asɛm nie. Nna no mu no, wɔrenka bio sɛ: Agyanom adi abuntwerɛ, na mma se afem. Na mmom obiara, ɔno ara n’amumuyɛ nti na ɔbɛwuo; onipa biara a ɔtwɛre abunu no na ne se bɛfem. Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ me ne Israel fie ne Yuda fie bɛpam apam foforɔ. Ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pamm da a mesosɔɔ wɔn nsa meyii wɔn firii Misraim asase soɔ a wɔn deɛ, wɔbubuu m’apam, berɛ a meyɛ wɔn kunu no, AWURADE asɛm nie. Na yei ne apam a nna no akyi me ne Israel fie bɛpam no, AWURADE asɛm nie: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn yam, na matwerɛ no wɔn akoma mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman. Na obiara renkyere ne yɔnko na obiara nso renkyerɛ ne nua bio sɛ: Hunu AWURADE, na wɔn nyinaa bɛhu me afiri wɔn mu akumaa so akɔsi wɔn mu ɔkɛseɛ so, AWURADE asɛm nie; na mede wɔn amumuyɛ bɛkyɛ, na wɔn bɔne nso, merenkae bio. Sei na AWURADE a ɔma owia haran awia na ɔhyɛ ɔsrane ne nsoromma ma no haran anadwo na ɔnu ɛpo mu ma n’asorɔkyeɛ huru a ne din de asafo AWURADE no seɛ: Sɛ ahyɛdeɛ ahodoɔ yi sene firi m’ani so a, AWURADE asɛm nie, ɛno ansa na Israel asefoɔ nso bɛgyae ɔman yɛ, m’anim daa nyinaa. Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛ wɔtumi susu soro atifi, na wɔtumi bɔre asase nnyinasoɔ hunu wɔ fam a, ɛno ansa na me nso mɛpo Israel asefoɔ nyinaa, deɛ wɔayɛ no nyinaa nti, AWURADE asɛm nie. Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ wɔbɛkyekyere kuro no ama AWURADE afiri Hananel abantenten ho akɔsi ntweaso ponkɛseɛ soɔ, na susuhoma no bɛfiri hɔ ara afa ne ntentensoɔ afiri adi akɔduru Gareb kokoɔ so, na adane akɔ Goa, na afunu ne nso bonhwa no nyinaa ne nsasewa a ɛkɔduru asuo Kidron ho nyinaa, kɔsi apɔnkɔ ponkɛseɛ ntweasoɔ wɔ apueeɛ no bɛyɛ kronkron ama AWURADE. Wɔrentutu na wɔrennwiri da biara da bio.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn Yudahene Sedekia afe a ɛtɔ so du a ɛne Nebukadnessar afe a ɛtɔ so dunwɔtwe no soɔ nie. Ɛno mu, na Babel hene dɔm aka Yerusalem ahyɛ mu, na Odiyifoɔ Yeremia da dua mu, Yuda ahemfie awɛmfoɔ abannwa mu. Na Yudahene Sedekia ato no dua mu wɔ hɔ sɛ: Adɛn nti na wohyɛ nkɔm sɛ: Sei na AWURADE seɛ: Hwɛ, mede kuro yi merehyɛ Babel hene nsa, na wafa, na Yudahene Sedekia rennya kwan mfiri Kaldeafoɔ nsa, na hyɛ na wɔde no bɛhyɛ Babel hene nsamu, na ɔne no de ano ne ano akasa, na ɔde n’ani ahunu n’ani, na ɔde Sedekia bɛkɔ Babel, na ɛhɔ na ɔbɛtena akɔsi sɛ mɛba abɛhwɛ no, AWURADE asɛm nie. Sɛ mo ne Kaldeafoɔ ko a, ɛrensi mo yie. Na Yeremia kaa sɛ: AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Hwɛ, w’agya nua Salum ba Hanamel bɛba wo nkyɛn sɛ: Tɔ m’afuo a ɛwɔ Anatot no, na wo na ɛgyeɛ fata wo sɛ wobɛtɔ. Ɛnna m’agya nua ba Hanamel baa me nkyɛn awɛmfoɔ abannwa no mu, sɛdeɛ AWURADE asɛm no kaeɛ no, bɛka kyerɛɛ me sɛ: Tɔ m’afuo a ɛwɔ Anatot, Benyamin asase soɔ no, na wo na adeɛ no die ne ne gyeɛ wɔ woɔ. Tɔ fa! Ɛnna mehunuu sɛ ɛyɛ AWURADE asɛm. Na metɔɔ afuo no m’agya nua ba Hanamel a ɔwɔ Anatot no nkyɛn, na mekarii dwetɛ nnwetɛbena dunson memaa no. Na metwerɛ hyɛɛ nwoma mu, na mesɔɔ ano, na mefrɛɛ adansefoɔ, na mede nsania karii dwetɛ no. Na mede ɔtɔ nwoma a wɔasɔ ano no, deɛ wɔadi ano na wɔahyehyɛ no, ne deɛ ano da hɔ no, na mede ɔtɔ nwoma no maa Maaseia ba Neria ba Baruk, m’agya nua Hanamel ne adansefoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ɔtɔ nwoma no aseɛ no ne Yudafoɔ a wɔtete awɛmfoɔ abannwa mu hɔ no nyinaa anim. Na wɔn anim mehyɛɛ Baruk sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Fa nwoma yi, ɔtɔ nwoma a wɔasɔ ano yi ne nwoma a ano da hɔ yi, na fa hyɛ kukuo bi mu na akyɛre nna bebree. Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Wɔbɛtɔ adan ne mfuo ne nturo asase yi so bio. Na mede ɔtɔ nwoma no maa Neria ba Baruk no, mebɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, wo na wode wo tumi kɛseɛ ne wo basa a atene ayɛ ɔsoro ne asase; biribiara nyɛ wo nwanwa; woyɛ nnipa mpem mpem adɔeɛ, na wotua agyanom amumuyɛ so ka gu wɔn mma a wɔdi wɔn akyire kokom, wo Onyankopɔn kɛseɛ ne otumfoɔ a asafo AWURADE ne ne din no. Wo a woso, agyinatuo mu na w’adeyɛ dɔɔso. Wo a w’ani bue hwɛ nnipa mma akwan nyinaa, sɛ wobɛma obiara sɛdeɛ n’akwan ne ne nneyɛɛ aba teɛ no. Wo a woyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ Misraim asase so de bɛsii nnɛ da yi, ne Israel ne nnipa nyinaa mu, na wode gyee din, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. Na wode nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne nsa a ɛyɛ den ne basa a atene ne ahudeɛ kɛseɛ yii wo man Israel firii Misraim asase so, na womaa wɔn asase yi a wokaa ho ntam kyerɛɛ wɔn agyanom sɛ wode bɛma wɔn, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ. Na wɔba bɛdii soɔ no, wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; deɛ wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa, wɔanyɛ, enti na woama bɔne yi nyinaa abɛto wɔn yi. Hwɛ, epie no reduru kuro no ho sɛ wɔrebɛgyeɛ, na wɔde kuro no bɛhyɛ Kaldeafoɔ a wɔne no reko no nsa, afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, na nsɛm a wokaeɛ no aba mu, na hwɛ, wohunu. Na wo, AWURADE Nyankopɔn ara, woka kyerɛɛ me sɛ: Fa dwetɛ tɔ afuo no, na hyɛ ho adansefoɔ. Nso kuro no na wɔde rehyɛ Kaldeafoɔ nsa yi. Ɛnna AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: Hwɛ, me AWURADE ne ɔhonam nyinaa Nyankopɔn; biribi bɛyɛ me den anaa? Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede kuro yi merehyɛ Kaldeafoɔ nsa ne Babelhene Nebukadnessar nsa sɛ ɔmfa, na Kaldeafoɔ a wɔne kuro yi reko no bɛba abɛto kuro yi mu gya, na wɔahye ɛno ne adan a wɔahye atifi aduhwam ama Baal na wɔahwie ahwiesa ama anyame foforɔ, sɛ wɔde rehuru me boɔ no. Na Israelfoɔ ne Yudafoɔ de m’anim bɔne yɛ ara nko firi wɔn mmeranteberɛ mu. Na ohuro nko ara na Israelfoɔ de wɔn nsa ano adwuma huru me boɔ, AWURADE asɛm nie. Na abufuo ne abufuhyeɛ nko na kuro yi ahyɛ me, firi da a wɔkyekyereeɛ de abɛduru nnɛ da yi, sɛ menyi no mfiri m’anim, Israelfoɔ ne Yudafoɔ bɔne a wɔyɛɛ no, sɛ wɔde rehuru me boɔ no nyinaa nti, wɔn ne wɔn ahemfo, wɔn mmapɔmma, wɔn asɔfoɔ ne wɔn adiyifoɔ ne Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ. Na wɔdanedanee wɔn atikɔ kyerɛɛ me, na ɛnyɛ wɔn anim; na wɔtuaa nhema kyerɛkyerɛ wɔn, na wɔn deɛ, wɔantie sɛ wɔbɛgye nkyerɛkyerɛ. Na wɔsisii wɔn akyiwadeɛ, efie a wɔde me din atoɔ no mu de guu ho fi. Na wɔsisii Baal sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Hinom ba bonhwa mu no, sɛ wɔrema wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa afa ogya mu ama Molek, nso menhyɛɛ wɔn na ɛmmaa m’akoma mu da sɛ wɔnyɛ saa akyiwadeɛ yi mma Yuda nyɛ bɔne. Na afei saa nti, sei na AWURADE Israel Nyankopɔn ka no kuro yi a mose afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ nti, ɔde ahyɛ Babel hene nsa no ho. Hwɛ, me ara mɛboa wɔn ano afiri nsase a m’abufuo ne m’abufuhyeɛ ne anibereɛ kɛseɛ mu mesunsumm wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa so, na mede wɔn asane aba ha bio, na mama wɔatena ase dwoodwoo, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn. Na mɛma wɔn akoma korɔ ne ɔkwan korɔ, na wɔasuro me daa nyinaa, na asi wɔn ne wɔn mma a wɔbɛdi wɔn akyire no yie. Na me ne wɔn bɛpam daa apam, na merensane mfiri wɔn akyiri sɛ merenyɛ wɔn yie bio, na mede me suro bɛhyɛ wɔn akoma mu, na wɔamfiri me nkyɛn. Na me ho bɛsane me wɔn ho sɛ mɛyɛ wɔn yie, na mede wɔn madua asase yi so nokorɛ mu, m’akoma nyinaa mu ne me kra nyinaa mu. Na sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛdeɛ me bɔne kɛseɛ yi nyinaa aba ɔman yi soɔ no, saa ara na mɛma yie a maka no wɔn ho no nyinaa bɛba wɔn soɔ. Na wɔbɛtɔ mfuo, asase yi a moka sɛ ayɛ amamfo a onipa ne aboa nni so bio a wɔde ahyɛ Kaldeafoɔ nsa no so; wɔde sika bɛtotɔ mfuo, na wɔatwerɛ agu nwoma mu asosɔ ano ahyehyɛ ho adansefoɔ, Benyamin asase so ne Yerusalem ho, ne Yuda nkuro mu ne mmepɔ so nkuro mu, ne mmepɔ ase nkuro mu ne Negeb nkuro mu, na mede wɔn nnommum bɛsane aba, AWURADE asɛm nie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn tiaa mprenu, berɛ a na ɔda so da duam awɛmfoɔ abannwa mu hɔ sɛ: Sei na AWURADE a ɔyɛ adeɛ yi, AWURADE a ɔsiesie ma no si hɔ no, a AWURADE ne ne din no seɛ: Frɛ me, na mɛgye wo so, na maka wo nsɛm akɛseɛ ne nnoɔma a ahunta a wonhunuiɛ. Na sei na AWURADE Israel Nyankopɔn no ka no kuro yi mu adan ne Yuda ahemfo adan a epie ne afena nti wɔburiiɛ no ho: Wɔreba ne Kaldeafoɔ abɛko, na wɔde nnipa a mekumm wɔn m’abufuo ne m’abufuhyeɛ mu, na wɔn bɔne nyinaa nti, mede m’ani mahunta ɔman yi no afunu abɛhyɛ hɔ ma. Hwɛ, me ara mede adeɛ ne nnuro bɛkyekyere ne kuro so, na masa wɔn yadeɛ, na matue asomdwoeɛ ne nokorɛ a ɛboro soɔ ama wɔn. Na mede Yuda nnommum ne Israel nnommum bɛsane aba bio, na mede wɔn asi hɔ sɛ akane no, na mɛte wɔn ho afiri wɔn amumuyɛ a wɔde ayɛ me bɔne no nyinaa mu, na mede wɔn amumuyɛ a wɔde ayɛ me bɔne na wɔde afom me no nyinaa makyɛ wɔn. Na kuro yi bɛdane me ahosan din, ayeyie ne animuonyam, asase so amanaman a wɔbɛte yie a mereyɛ wɔn no nyinaa nti, na wɔn akoma bɛtu, na wɔn ho apopo papa nyinaa ne asomdwoeɛdeɛ nyinaa a mɛyɛ mama no no ho. Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛha yi a moka sɛ asɛeɛ, a onipa ne aboa nni hɔ bio, Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmorɔno a ɛdeda mpan, a onipa ne okuromani ne aboa biara nni soɔ no so, na wɔbɛte ahosan nne ne anigyeɛ nne, ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne, wɔn a wɔka sɛ: Monkamfo asafo AWURADE, na AWURADE yɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, no nne, ne wɔn a wɔde aseda ba AWURADE fie no nne bio, na mede asase no nnommum bɛsane aba sɛ akane no, AWURADE na ɔseɛ. Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Ɛha yi a asɛeɛ, a onipa ne aboa nni mu no, ne ɛso nkuro nyinaa mu na ɛbɛdane nnwanhwɛfoɔ a wɔma wɔn nnwan butubutu hɔ no adidibea bio, mmepɔ so nkuro, Sefela nkuro ne Negeb nkuro mu ne Benyamin asase so ne Yerusalem ho ne Yuda nkuro mu na nnwan bɛfa ɔkanfoɔ nsa ase atwam bio, AWURADE na ɔseɛ. Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛma asɛmpa a mekaa no Israel fie ne Yuda fie ho no aba mu. Nna no mu ne berɛ no mu na mɛma tenenee ban afefɛ ama Dawid, na wabu atɛntenenee, ayɛ ade tenenee asase so. Nna no mu na wɔbɛgye Yuda, na Yerusalem atena ase dwoodwoo, na deɛ wɔde bɛfrɛ no nie: AWURADE yɛn tenenee. Na sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔbarima a ɔbɛtena Israel fie adwa soɔ remmɔ Dawid da. Na asɔfoɔ, Lewifoɔ no nso, ɔbarima a ɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na wahye aduane ayɛyɛdeɛ na wabɔ okum afɔdeɛ nna nyinaa remmɔ wɔn wɔ m’anim. Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛ mobɛtumi abubu m’awia apam ne m’anadwo apam no, na awia ne anadwo amma ne berɛ mu a, ɛno ansa na wɔbɛbubu me ne m’akoa Dawid apam nso, na wannya ɔba a ɔbɛtena n’adwa so adi hene, ne me ne Lewifoɔ, asɔfoɔ a wɔyɛ m’asomfoɔ no, deɛ no nso. Sɛdeɛ wɔntumi nkan ɔsoro asafo na wɔntumi nsusu mpoano anwea no, saa ara na mɛma m’akoa Dawid asefoɔ ne Lewifoɔ a wɔyɛ m’asomfoɔ no adɔre. Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: Wonhunuu deɛ ɔman yi reka sɛ: Mmusua mmienu a AWURADE yiiɛ no, wapo wɔn, no anaa? Na wɔbu me man animtia, sɛ wɔnnyɛ wɔn ani so ɔman bio. Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛ manhyɛ me ne awia ne anadwo apam ne ɔsoro ne asase ahyɛdeɛ no pintinn a, ɛno ansa na anka mɛpo Yakob asefoɔ ne m’akoa Dawid nso, na mamfa n’asefoɔ mu nnipa a wɔbɛsi Abraham ne Isak ne Yakob asefoɔ soɔ. Na mede wɔn nnommum bɛsane aba, na mahu wɔn mmɔbɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Asɛm a ɛfiri AWURADE hɔ baa Yeremia nkyɛn, berɛ a Babelhene Nebukadnessar ne ne dɔm nyinaa ne asase a ɛwɔ ne tumi aseɛ no so ahennie nyinaa ne aman no nyinaa aba rebɛne Yerusalem ne ne nkuro nyinaa ako no se: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Kɔ na ɛne Yudahene Sedekia nkɔkasa, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede kuro yi merehyɛ Babel hene nsa, na ɔde ogya ahye. Na wo ara nso, woremfiri ne nsa mfi, na kyere na wɔbɛkyere wo de wo ahyɛ ne nsa, na wode w’ani bɛhunu Babel hene ani, na n’ano ne wo akasa, na woakɔ Babel. Nanso tie AWURADE asɛm, Yudahene Sedekia! Sɛ AWURADE ka no wo ho nie: Worenwu afena ano. Asomdwoeɛ mu na wobɛwuo, na sɛdeɛ wɔhyehyee ohwan adeɛ maa w’agyanom, akane ahemfo a wɔdii w’anim no no, saa ara na wɔbɛhye ama woɔ, na wɔatue wo so su sɛ: Ao, Owura! Na asɛm yi, me na maka, AWURADE asɛm nie. Ɛnna Odiyifoɔ Yeremia kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Yudahene Sedekia wɔ Yerusalem. Saa berɛ no, na Babel hene dɔm ne Yerusalem ne Yuda nkuro a aka a ɛne Lakis ne Aseka no nyinaa reko; na na ɛnonom ne nkuro a ɛyɛ den a aka, Yuda nkuro mu. Asɛm a ɛdi soɔ yi firi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn no, na Ɔhene Sedekia ne ɔman a ɛwɔ Yerusalem no nyinaa apam sɛ wɔmpae ahofadie mma wɔn, sɛ wɔmma obiara akoa ne obiara afenaa a wɔyɛ Hebrifoɔ mfa wɔn ho nni, na obiara anni ne nua a ɔyɛ Yudani nya. Na mmapɔmma no ne ɔman a wɔkɔɔ apam no mu, sɛ wɔn mu biara bɛma n’akoa ne n’afenaa afa wɔn ho adie, na obiara anni wɔn nya bio no nyinaa tiee, wɔtiee na wɔgyaagyaa wɔn. Na ɛno akyiri no wɔsanee, na wɔmaa wɔn nkoa ne wɔn mfenaa a wɔgyaa wɔn maa wɔfaa wɔn ho diiɛ no sane bae, na wɔhyɛɛ wɔn so sɛ wɔnyɛ nkoa ne mfenaa. Ɛnna AWURADE asɛm firi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Me ne mo agyanom pamm da a meyii wɔn firii Misraim asase soɔ, nkoafie mu no sɛ: Mfeɛ nson awieeɛ no, mo mu biara nnyaa ne nua Hebrini a wɔatɔn no ama no no, na sɛ ɔsom wo mfeɛ nsia a, gyaa no ma no mfiri wo nkyɛn mfa ne ho nkɔdi. Na mo agyanom antie me, na wɔammrɛ wɔn aso ase. Na mo deɛ, nnansa yi modanee, na moyɛɛ deɛ ɛtene wɔ m’ani so, sɛ mopaee ahofadie a obiara bɛma ne yɔnko kwan, na mopamm m’anim, efie a wɔde me din atoɔ no mu. Na moasane akɔgu me din ho fi, na mo nyinaa amema mo nkoa ne mo mfenaa a mogyaa wɔn kwan maa wɔfaa wɔn ho kɔdii sɛ wɔn kra pɛ no sane bae, na mohyɛɛ wɔn so sɛ wɔnyɛ mo nkoa ne mfenaa. Saa nti sɛ AWURADE seɛ nie: Mo deɛ, montiee me, sɛ mobɛpae ahofadie a obiara bɛma ne nua ne ne yɔnko kwan. Hwɛ, me nso merepae ahofadie ama mo, AWURADE asɛm nie: Mede mo mama afena ne owuyadeɛ ne ɛkɔm, na mama asase so ahennie nyinaa adwan mo ho. Na mmarima a wɔato m’apam, na wɔamma apam a wɔpamm m’anim no nsɛm no antim no, mɛyɛ wɔn sɛ nantwie ba a wɔpaee ne mu mmienu, na wɔfaa n’afaafa no ntam no, Yuda mmapɔmma ne Yerusalem mmapɔmma, mpiafoɔ ne asɔfoɔ no ne asase no so nkurɔfoɔ a wɔfaa nantwie ba no afaafa no ntam no nyinaa, na mede wɔn bɛhyɛ wɔn atamfoɔ nsa ne wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn akum wɔn no nsa, na wɔn afunu ayeyɛ aduane ama ewiem nnomaa ne asase so mmoa. Na Yudahene Sedekia ne mmapɔmma no, mede wɔn bɛhyɛ wɔn atamfoɔ nsa, ne wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn akum wɔn no nsa, ne Babel hene dɔm a wɔafiri mo ho korɔ yi no nsa. Hwɛ, merehyɛ, AWURADE asɛm nie, na mama wɔasane aba kuro yi ho abɛne no ako, na wɔagye, na wɔde ogya ahye, na mama Yuda nkuro adane amamfo a obi nte mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn, Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba berɛ soɔ nie: Kɔ Rekabfoɔ fie, na ɛne wɔn nkɔkasa, na fa wɔn bra AWURADE fie mpia no baako mu, na ma wɔn nsa nnom. Ɛnna mekɔfaa Habasinia ba Yeremia ba Yaasania ne ne nuanom ne ne mmammarima nyinaa ne Rekabfoɔ fiefoɔ nyinaa, na mede wɔn baa AWURADE fie. Mekɔɔ Nyankopɔn nipa Yigdalia ba Hanan mma pia a ɛwɔ mmapɔmma pia no ho, ɔpono ano hwɛfoɔ Salum ba Maaseia pia atifi no mu, na mede nkuruwa a nsa ayeyɛ no amaama ne nkoraa sisii Rekabfoɔ fie mma no anim, na mesee wɔn sɛ: Monnom nsa. Na wɔse: Yerɛnnom nsa. Na yɛn agya Rekab ba Yonadab ahyɛ yɛn sɛ: Monnnom nsa, mo ne mo mma nnnom bi da biara da. Na monnsisi adan, na monnnua hwee, na monnyɛ bobeturo biara, na mommfa ebi nso nnyɛ mo deɛ; na ntomadan mu na montena mo nna nyinaa, na moadi nna pii, asase a moyɛ so ahɔhoɔ no so. Na yɛatie yɛn agya Rekab ba Yonadab, deɛ ɔhyɛɛ yɛn no nyinaa mu, na yɛn nna nyinaa mu, yɛnnom nsa, yɛn, yɛn yerenom, yɛn mmabanin ne yɛn mmammaa; na yɛnsisi adan ntena mu, na yɛnni bobeturo ne afuo ne adeɛ a wɔdua biara, na yɛtete ntomadan mu; na yɛtie na yɛyɛ sɛdeɛ yɛn agya Yonadab hyɛɛ yɛn no nyinaa. Na Babelhene Nebukadnessar tu baa asase yi soɔ no, yɛkaa sɛ: Mommra mma yɛnkɔ Yerusalem mfiri Kaldeafoɔ dɔm ne Siriafoɔ dɔm no anim; na yɛbɛtenaa Yerusalem. Ɛnna AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Kɔ, na kɔka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ sɛ: Morennye nkyerɛkyerɛ sɛ mobɛtie me nsɛm? AWURADE asɛm nie. Wɔama Rekab ba Yonadab nsɛm a ɔhyɛɛ ne mma sɛ wɔnnnom nsa no atim, na wɔnnom bi de bɛsi nnɛ da yi, ɛfiri sɛ wɔtie wɔn agya ahyɛdeɛ no. Na me deɛ, makasa makyerɛ mo, metua nhema mekasa mekyerɛ mo, na moantie me. Na masoma me nkoa, adiyifoɔ no, nyinaa aba mo nkyɛn, metua nhema mesoma wɔn sɛ: Monsane ɛ, mo nyinaa mfiri mo akwammɔne so, na monyɛ mo nneyɛɛ yie, na monnni anyame foforɔ akyi nnsom wɔn, na montena asase a mede memaa mo ne mo agyanom no so. Na moammrɛ mo aso ase, na moantie me. Na Rekab ba Yonadab mma ama wɔn agya ahyɛdeɛ a ɔhyɛɛ wɔn no atim; na ɔman yi deɛ, wɔntie me. Ɛno nti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne a meka metiaa Yuda ne Yerusalemfoɔ no nyinaa mereba wɔn so, ɛsiane sɛ makasa akyerɛ wɔn, na wɔantie, na mafrɛ wɔn, na wɔannye me so nti. Na Rekabfoɔ fie no deɛ, Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Ɛsiane sɛ moatie mo agya Yonadab ahyɛdeɛ, na moadi ne mmara nsɛm nyinaa so ayɛ sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo no nyinaa nti, sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Onipa a ɔbɛgyina m’anim remmɔ Rekab ba Yonadab da biara da.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnan mu, asɛm yi firii AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn sɛ: Fa nwoma mmobɔeɛ bi kura, na twerɛ nsɛm a maka makyerɛ woɔ no nyinaa, Israel ne Yuda ne amanaman no nyinaa ho, firi da a mekasa mekyerɛɛ woɔ, firi Yosia berɛ so de bɛsi nnɛ da yi no hyɛ mu. Ebia Yuda fie bɛtie bɔne a mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ wɔn no nyinaa, na wɔasane afiri wɔn akwammɔne so, na mede wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne makyɛ wɔn. Ɛnna Yeremia frɛɛ Neria ba Baruk, na Baruk twerɛɛ AWURADE nsɛm a ɔka kyerɛɛ Yeremia no nyinaa firii n’anomu de hyɛɛ nwoma mmobɔeɛ no mu. Na Yeremia hyɛɛ Baruk sɛ: Me deɛ, wɔato me mu, mentumi menkɔ AWURADE fie. Enti wo deɛ, kɔ na kɔkenkan AWURADE nsɛm a woatwerɛ afiri m’anomu no, mmobɔeɛ no mu, gu ɔman no aso mu, AWURADE fie, mmuada da no, na kenkan gu Yudafoɔ a wɔfiri wɔn nkuro so ba no nyinaa aso mu nso. Ebia wɔn nkotosrɛ bɛduru AWURADE anim, na wɔasane afiri wɔn akwammɔne so, ɛfiri sɛ abufuo ne abufuhyeɛ asɛm a AWURADE aka no ɔman yi ho no so kokuroo. Na Neria ba Baruk yɛɛ sɛdeɛ Odiyifoɔ Yeremia hyɛɛ no no nyinaa, na ɔkenkan AWURADE nsɛm a ɛwɔ nwoma no mu wɔ AWURADE fie. Na Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnum, bosome a ɛtɔ so nkron no, Yerusalem mu nkurɔfoɔ nyinaa ne nkurɔfoɔ a wɔfiri Yuda nkuro mu baa Yerusalem no paee AWURADE anim mmuadadie. Ɛnna Baruk kenkann Yeremia nsɛm a ɛwɔ nwoma no mu no guu ɔman no nyinaa aso mu, AWURADE fie, Safan ba Ɔtwerɛfoɔ Gemaria pia a ɛwɔ atifi abannwa mu no mu, AWURADE fie ponkɛseɛ foforɔ no ano. Na Safan ba Gemaria ba Mikaia tee AWURADE nsɛm a ɛwɔ nwoma no mu no nyinaa no, ɔsiane kɔɔ ahemfie kɔɔ ɔtwerɛfoɔ pia mu, na hwɛ, ɛhɔ na na mmapɔmma no nyinaa, Ɔtwerɛfoɔ Elisama ne Semaia ba Delaia ne Akbor ba Elnatan ne Safan ba Gemaria ne Hanania ba Sedekia ne mmapɔmma no nyinaa teteɛ. Na Mikaia kaa nsɛm a Baruk rekenkan nwoma no agu ɔman no aso mu no ɔteeɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn. Ɛnna mmapɔmma no nyinaa somaa Kusi ba Selemia ba Netania ba Yehudi kɔɔ Baruk nkyɛn sɛ: Mmobɔeɛ a wokenkan guu ɔman no aso mu no, fa kura wo nsam bra. Na Neria ba Baruk faa mmobɔeɛ no kuraa ne nsam de baa wɔn nkyɛn. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Tena ase ɛ, na kenkan gu yɛn aso mu. Ɛnna Baruk kenkan guu wɔn aso mu. Na wɔtee nsɛm no nyinaa no, wɔde ahodwirie hwehwɛɛ wɔn anim, na wɔka kyerɛɛ Baruk sɛ: Yɛbɛka nsɛm yi nyinaa akyerɛ ɔhene. Na wɔbisaa Baruk sɛ: Ka kyerɛ yɛn, wotwerɛɛ nsɛm yi nyinaa firii n’anomu anaa? Na Baruk ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔde n’ano na ɛkaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ me, na me nso mede adubire twerɛ hyɛɛ nwoma mu. Na mmapɔmma no ka kyerɛɛ Baruk sɛ: Kɔ na kɔhunta, wo ne Yeremia, na obiara anhunu deɛ mowɔ. Na wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn abannwa no mu, na wɔde mmobɔeɛ no siee Ɔtwerɛfoɔ Elisama pia mu, na wɔkɔkaa nsɛm no nyinaa guu ɔhene aso mu. Na ɔhene somaa Yehudi sɛ ɔnkɔfa mmobɔeɛ no mmra; na ɔkɔfa firii Ɔtwerɛfoɔ Elisama pia no mu bae; na Yehudi kenkanee, ɔhene ne mmapɔmma a wɔgyinagyina ɔhene ho no nyinaa aso mu. Na ɔhene te awɔberɛ dan mu, bosome a ɛtɔ so nkron no mu, na adeɛ mu gya a ɛredɛre no si n’anim. Na ɛbaa sɛ, sɛ Yehudi kenkan nkrataa mmiɛnsa anaa nnan no, ɔde ɔtwerɛfoɔ sekan sunsuanee, na ɔde guu ogya a ɛwɔ adeɛ mu no mu kɔsii sɛ mmobɔeɛ no nyinaa hyeeɛ, ogya a ɛwɔ adeɛ mu no mu. Na wɔn akoma antu, na ɔhene ne ne nkoa a wɔtee nsɛm yi nyinaa no nyinaa ansunsuane wɔn ntadeɛ mu. Nanso Elnatan ne Delaia ne Gemaria paa ɔhene kyɛw sɛ ɔnnhye mmobɔeɛ no, nanso wantie wɔn. Na ɔhene no hyɛɛ Ɔheneba Yerahmeel ne Asriel ba Seraia ne Abdeel ba Selemia, sɛ wɔnkɔfa Ɔtwerɛfoɔ Baruk ne Odiyifoɔ Yeremia mmra; nanso AWURADE koraa wɔn so. Na ɔhene hyee mmobɔeɛ ne nsɛm a Baruk twerɛ firii Yeremia anomu no akyiri no, AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: Sane fa mmobɔeɛ foforɔ, na twerɛ akane nsɛm a ɛwɔ kane mmobɔeɛ no mu a Yudahene Yehoiakim hyeeɛ no nyinaa hyɛ mu. Na Yudahene Yehoiakim ho na ka no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Wo deɛ, woahye mmobɔeɛ yi aka sɛ: Adɛn nti na wotwerɛɛ emu sɛ: Babel hene bɛba abɛsɛe asase yi, na wahye ɛso nnipa ne mmoa ase? Ɛno nti, sɛ AWURADE ka no Yudahene Yehoiakim ho nie: Ɔrennya obiara a ɔbɛtena Dawid adwa soɔ, na ne funu nso, wɔbɛto atwene, na ahuhuro afa so awia, na awɔ afa so anadwo. Na ɔno ne n’asefoɔ ne ne nkoa amumuyɛ no nti, mɛba mabɛtua wɔn so ka, na wɔn ne Yerusalemfoɔ ne Yuda mmarima so na mede bɔne a meka tiaa wɔn na wɔantie no nyinaa bɛba. Ɛnna Yeremia faa mmobɔeɛ foforɔ de maa Neria ba Ɔtwerɛfoɔ Baruk, na ɔtwerɛɛ nwoma a Yudahene Yehoiakim de ogya hyeeɛ no mu nsɛm no nyinaa firi Yeremia anomu hyɛɛ mu, na wɔde nsɛm pii a ɛte sɛ ɛno nso kaa ho.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Sedekia a ɔyɛ Yosia ba bɛdii hene sii Konia a ɔyɛ Yehoiakim ba a Babelhene Nebukadnessar sii no Yuda asase so hene no ananmu. Na ɔno ne ne nkoa ne asase no so nkurɔfoɔ antie AWURADE asɛm a ɔnam Odiyifoɔ Yeremia so kaeɛ no. Na Ɔhene Sedekia somaa Selemia ba Yehukal ne Maaseia ba Ɔsɔfoɔ Sefania baa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn sɛ: Bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpaeɛ ma yɛn ɛ! Nso na Yeremia di ɔman no mu ahyemfire, na na wɔmfaa no ntoo nneduafoɔ dan mu. Na Farao dɔm afiri Misraim reba, na Kaldeafoɔ a wɔaka Yerusalem ahyɛ mu no tee wɔn nka no, wɔtu firii Yerusalem ho kɔe. Ɛnna AWURADE asɛm baa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Sɛ monka nkyerɛ Yuda hene a ɔsomaa mo me nkyɛn maa mobɛbisaa me hɔ adeɛ no nie: Hwɛ, Farao dɔm a wɔafiri rebɛboa mo no, wɔbɛsane akɔ Misraim wɔn asase so; na Kaldeafoɔ no bɛsane aba ne kuro yi abɛko, na wɔagye, na wɔde ogya ahye. Sɛ AWURADE seɛ nie: Monnnaadaa mo ho sɛ: Kaldeafoɔ afiri yɛn so kɔ, ɛfiri sɛ wɔrenkɔ. Na sɛ mokum Kaldeafoɔ a wɔne mo reko no dɔm nyinaa ma no ka wɔn mu apirafoɔ mpo a, wɔbɛsɔresɔre wɔn ntomadan mu mmaako mmaako de ogya abɛhye kuro yi. Na ɛbaa sɛ, Kaldeafoɔ dɔm tu firii Yerusalem ho, Farao dɔm anim, kɔeɛ no, Yeremia firii adi firii Yerusalem sɛ ɔrekɔ Benyamin asase so sɛ ɔrekɔgye ne kyɛfa nkurɔfoɔ no mu. Na ɔduruu Benyamin ponkɛseɛ mu no, na awɛmfoɔ so panin bi wɔ hɔ a ne din de Yiria, Hanania ba Selemia ba, na ɔsɔɔ Odiyifoɔ Yeremia mu kaa sɛ: Kaldeafoɔ no nkyɛn na woawae rekorɔ. Na Yeremia se: Dabi, ɛnte saa! Menyɛ deɛ wawae rekɔ Kaldeafoɔ nkyɛn. Na Yiria antie no, na ɔsɔɔ Yeremia mu de no kɔɔ mmapɔmma no nkyɛn. Na mmapɔmma no bo fu tiaa Yeremia, na wɔhwee no, na wɔde no kɔtoo mpokyerɛfoɔ dan mu, Ɔtwerɛfoɔ Yonatan fie, ɛfiri sɛ ɛhɔ na na wɔde ayɛ nneduafoɔ dan. Ɛnna Yeremia kɔɔ amena dan no mu ne ntokuro no mu; na Yeremia tenaa hɔ nna pii. Na Ɔhene Sedekia soma maa wɔkɔfaa no bae, na ɔhene no bisaa no kokoam, ne fie sɛ: AWURADE asɛm bi wɔ wo hɔ anaa? Na Yeremia se: Ebi wɔ hɔ. Na ɔse: Wɔde wo bɛhyɛ Babel hene nsa. Na Yeremia ka kyerɛɛ Ɔhene Sedekia sɛ: Ɛdeɛn bɔne na mayɛ woɔ ne wo nkoa ne ɔman yi, na mode me ato nneduafoɔ dan mu yi? Na ɛhefa na mo adiyifoɔ a wɔhyɛɛ mo nkɔm sɛ: Babel hene remma mo ne asase yi so, no wɔ? Na afei tie ɛ, me wura ɔhene, ma me nkotosrɛ nnuru w’anim, na mma wɔmmfa me nnsane nnkɔ Ɔtwerɛfoɔ Yonatan fie, na mankɔwu wɔ hɔ. Ɛnna Ɔhene Sedekia hyɛ maa wɔhwɛɛ Yeremia so awɛmfoɔ abannwa mu, na da koro wɔma no paanoo mua firi paanootofoɔ borɔno mu, kɔsii sɛ paanoo nyinaa saa kuro no mu. Na Yeremia tenaa awɛmfoɔ abannwa mu ara.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Matan ba Sefatia ne Pasur ba Gedalia ne Selemia ba Yukal ne Malkia ba Pasur tee nsɛm a na Yeremia reka kyerɛ ɔman no nyinaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Deɛ ɔbɛtena kuro yi mu no bɛwu afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, na deɛ ɔfiri adi kɔ Kaldeafoɔ nkyɛn no bɛnya nkwa, na ne kra bɛyɛ no sɛ asadeɛ, na ɔbɛtena ase. Sɛ AWURADE seɛ nie: Yie na wɔbɛyi kuro yi ahyɛ Babel hene dɔm no nsa, na wɔafa. Ɛnna mmapɔmma no kɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma wɔnkum ɔbarima yi ɛ, ɛfiri sɛ ɔde sei rema akofoɔ a wɔaka kuro yi mu ne ɔman no nyinaa nsam agogo, sɛ ɔka saa nsɛm yi kyerɛ wɔn; na ɔbarima yi nyɛ deɛ ɔhwehwɛ asomdwoeɛ de ma ɔman yi, na mmom bɔne. Na Ɔhene Sedekia kaa sɛ: Hwɛ, ɔwɔ mo nsa mu, na ɔhene rentumi nyɛ biribiara ntia mo. Ɛnna wɔfaa Yeremia too no twenee ɔhene ba Malkia abura a ɛwɔ awɛmfoɔ abannwa mu no mu, na wɔde ntampehoma gyagyaa no too mu. Nso na abura no mu nni nsuo, sɛ atɛkyɛ nko; na Yeremia kɔhyɛɛ atɛkyɛ no mu. Na Etiopiani Ebed-melek, opiani a ɔwɔ ahemfie no tee sɛ wɔde Yeremia ato abura no mu; berɛ a na ɔhene no te Benyamin ponkɛseɛ mu. Ɛnna Ebed-melek firii ahemfie ne ɔhene kɔkasaa sɛ: Me wura ɔhene, deɛ mmarima yi de ayɛ Odiyifoɔ Yeremia no nyinaa, wɔayɛ no bɔne, sɛ wɔato no atwene amena mu sɛ ɛkɔm nkum no deɛ ɔwɔ hɔ, ɛfiri sɛ aduane biara nni kuro mu bio. Ɛnna ɔhene hyɛɛ Etiopiani Ebed-melek sɛ: Fa mmarima aduasa firi ha ka wo ho, na kɔyi Odiyifoɔ Yeremia abura no mu ansa na wawu. Na Ebed-melek faa mmarima no kaa ne ho, na ɔsii mu kɔɔ ahemfie, adekorabea ase kɔtasee ntomago ne ntoma a asunsuane, na wɔde ntampehoma kyekyeree to maa Yeremia abura no mu. Na Etiopiani Ebed-melek ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Fa ntomago ne ntoma a asunsuane no hyehyɛ wo mmɔtoam, ntampehoma no ase. Na Yeremia yɛɛ saa. Na wɔde ntampehoma no twee Yeremia yii no firii abura no mu. Na Yeremia tenaa awɛmfoɔ abannwa mu hɔ. Na Ɔhene Sedekia soma maa wɔkɔfaa Odiyifoɔ Yeremia baa ne nkyɛn, AWURADE fie aboboɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa no ano, na ɔhene ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Merebɛbisa wo asɛm bi; nsi me biribiara so. Na Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: Sɛ meka kyerɛ wo a, ɛnyɛ kum na wobɛku me? Nanso sɛ metu wo fo a, worentie me. Na Ɔhene Sedekia kaa Yeremia ntam kokoam sɛ: Sɛ AWURADE a ɔyɛɛ ɔkra yi maa yɛn no te aseɛ yi, merenku wo, na meremfa wo nhyɛ mmarima a wɔrehwehwɛ wo akum woɔ no nsa! Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: Sɛ AWURADE asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Sɛ wofiri adi kɔ Babel hene mmapɔmma no nkyɛn a, wɔrenkum wo, na wɔremfa ogya nhye kuro yi, na wo ne wo fie bɛnya nkwa. Na sɛ woamfiri adi ankɔ Babel hene no mmapɔmma no nkyɛn a, ɛnneɛ wɔde kuro yi bɛhyɛ Kaldeafoɔ no nsa, na wɔde ogya ahye, na wo nso, woremfiri wɔn nsam mfi. Na Ɔhene Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Me deɛ, mesuro Yudafoɔ a wɔawae akɔ Kaldeafoɔ no nkyɛn no, sɛ ebia wɔde me bɛhyɛ wɔn nsa, na wɔagoro me ho. Na Yeremia se: Wɔrenyi wo mma. Tie AWURADE ɛ, sɛdeɛ mereka makyerɛ woɔ yi, na asi wo yie, na wo kra anya nkwa. Na sɛ woampene, amfiri adi deɛ a, yei ne asɛm a AWURADE ayi akyerɛ me: Hwɛ, mmaa a wɔaka Yuda ahemfie no nyinaa, wɔbɛfa wɔn afiri adi akɔ Babel hene mmapɔmma no nkyɛn, na wɔbɛka sɛ: Wo nnamfo adaadaa wo afa wo so; afei a wo nan hyehyɛ atɛkyɛ mu yi, wɔasane wɔn akyi. Na wo yerenom nyinaa ne wo mma nso, wɔde wɔn bɛfiri adi akɔma Kaldeafoɔ no, na wo nso, woremfiri wɔn nsa mfi, na Babel hene nsa bɛsɔ wo mu, na wɔde ogya bɛhye kuro yi. Ɛnna Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Mma obiara nnte nsɛm yi, na worenwu. Na sɛ mmapɔmma no te sɛ me ne wo akasa, na wɔba wo nkyɛn bɛka kyerɛ wo sɛ: Ka deɛ woka kyerɛɛ ɔhene no kyerɛ yɛn, nsi yɛn biribiara so na yɛanku wo, na asɛm bɛn nso na ɔhene ka kyerɛɛ woɔ? Ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Mede me nkotosrɛ mehwee ɔhene anim, sɛ ɔmmma wɔmmfa me nnkɔ Yonatan fie bio, na mankɔwu wɔ hɔ. Na asafohene no nyinaa baa Yeremia nkyɛn bɛbisaa no, na ɔkaa nsɛm a ɔhene hyɛɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn. Ɛnna wɔne no gyaee kasa, ɛfiri sɛ na obiara ntee asɛm no. Na Yeremia tenaa awɛmfoɔ abannwa mu, na na ɔwɔ hɔ ara kɔsii da a wɔfaa Yerusalem no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na wɔfaa Yerusalem, Yudahene Sedekia afe a ɛtɔ so nkron no bosome a ɛtɔ so du no so. Babelhene Nebukadnessar ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem bɛkaa no hyɛɛ mu. Sedekia afe a ɛtɔ so dubaako no bosome a ɛtɔ so nnan da a ɛtɔ so nkron mu na wɔburii kuro no, na Babel hene mmapɔmma nyinaa ba bɛtenaa mfimfini ponkɛseɛ no mu: Nergal-sareser, Samgar-nebo, Sar-sekim a ɔyɛ Rab-saris, Nergal-sareser a ɔyɛ Rab-mag, ne Babel hene mmapɔmma a aka no nyinaa. Na Yudahene Sedekia ne mmarima akofoɔ no nyinaa hunuu wɔn no, wɔdwanedwanee, na wɔfirii kuro no mu anadwo, nam ɔhene turom kwan so, faa ɔponkɛseɛ no mu, afasuo mmienu no ntam, na wɔfirii adi faa mpaperɛ mu kwan so kɔe. Na Kaldeafoɔ dɔm no tii wɔn, na wɔkɔtoo Sedekia Yeriko mpaperɛ so, na wɔfaa no de no foro kɔɔ Babelhene Nebukadnessar nkyɛn wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase soɔ, na ɔbuu no atɛn wɔ hɔ. Na Babel hene kunkumm Sedekia mma n’anim wɔ Ribla; na Yuda adehyeɛ nyinaa nso, Babel hene kunkumm wɔn. Na ɔtutuu Sedekia ani, na ɔmaa wɔde kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no, sɛ wɔmfa no nkɔ Babel. Na ahemfie ne ɔmanfoɔ no afie deɛ, Kaldeafoɔ no de ogya hyee, na wɔdwiridwirii Yerusalem afasuo no. Na ɔman no nkaeɛ a wɔkaa kuro no mu ne awaefoɔ a wɔwae baa ne nkyɛn ne ɔman no nkaeɛ a wɔkaeɛ no, Ankɔbeahene Nebusaradan tuu wɔn kɔɔ Babel. Nanso Ankɔbeahene Nebusaradan gyaa ɔman no mu ahiafoɔ a wɔnni biribiara no mu bi wɔ Yuda asase no so, na ɔde bobe nturo ne mfofowa memaa wɔn da no. Na Babelhene Nebukadnessar hyɛɛ Ankɔbeahene Nebusaradan Yeremia ho sɛ: Fa no ma w’ani nku ne ho, na nyɛ no bɔne biara. Na sɛdeɛ ɔbɛka akyerɛ woɔ no, saa ara na yɛ ma no. Ɛnna Ankɔbeahene Nebusaradan ne Nebusasban, Rab-saris, ne Nergal-sareser, Rab-mag, ne Babel hene atitire no nyinaa soma maa wɔkɔfaa Yeremia firii awɛmfoɔ abannwa mu baeɛ, na wɔde no maa Safan ba Ahikam ba Gedalia sɛ ɔmfa no mfiri hɔ nkɔ fie, na ɔkɔtenaa nkurɔfoɔ no mu. Na Yeremia da so da duam awɛmfoɔ abannwa no mu no, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Kɔ na kɔka kyerɛ Etiopiani Ebed-melek sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Hwɛ, merema me nsɛm no aba mu kuro yi ho, na asi wɔn bɔne, na ansi wɔn yie, w’anim na ɛbɛba mu da no. Nanso ɛda no, mɛyi wo, AWURADE asɛm nie, na wɔremfa wo nhyɛ mmarima a wosuro wɔn no nsa. Na firi na mɛma woafiri mu afire, na worentɔ afena ano; na wo kra bɛdane wo asadeɛ, ɛfiri sɛ wode wo ho too me so, AWURADE asɛm nie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn berɛ a Ankɔbeahene Nebusaradan agyaa no Rama no nie; ɔkɔfaa no baeɛ no, na wɔagu no nkɔnsɔnkɔnsɔn, Yerusalem ne Yuda atukɔfoɔ a wɔretu wɔn akɔ Babel no mu. Ankɔbeahene no maa wɔkɔfaa Yeremia bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE wo Nyankopɔn no aka bɔne yi nyinaa atia ha yi, na wama no aba mu, AWURADE ayɛ sɛdeɛ ɔkaeɛ no, ɛfiri sɛ moyɛɛ bɔne tiaa AWURADE, na moantie no, ama asɛm yi aba mo so. Na ɛfiri ɛnnɛ, mayi wo afiri nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu wo nsa no mu, sɛ wopɛ sɛ wo ne me kɔ Babel a, bra na mɛma m’ani aku wo ho; na sɛ wompɛ sɛ wo ne me kɔ Babel a, ɛnneɛ ma no nka; hwɛ, asase no nyinaa na ɛda w’anim yi; faako a wonim sɛ ɛyɛ na wopɛ sɛ wokorɔ no, kɔ! Na ansa na ɔrekɔ no, ɔkaa sɛ: Sane kɔ Safan ba Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no asi Yuda nkuro so panin no nkyɛn, na wo ne no ntena ɔman no mu; anaasɛ baabiara a wopɛ sɛ wokorɔ no, kɔ! Na ankɔbeahene no maa no akwansoduane ne ayɛyɛdeɛ, na ɔgyaa no kwan. Na Yeremia kɔɔ Ahikam ba Gedalia nkyɛn wɔ Mispa, na ɔne no kɔtenaa nkurɔfoɔ a wɔgyaa wɔn asase no soɔ no mu. Na ɛdɔm asafohene a wɔwɔ wiram no nyinaa, wɔne wɔn mmarima tee sɛ Babel hene de Ahikam ba Gedalia asi asase no so panin, ne sɛ ɔde mmarima ne mmaa ne mmɔfra ne asase no so ahiafoɔ a wɔantu wɔn ankɔ Babel no mu bi ahyɛ n’ase no, wɔbaa Gedalia nkyɛn Mispa, wɔn ne Netania ba Ismael ne Yohanan ne Yonatan a wɔyɛ Karea mma, ne Tanhumet ba Seraia ne Netofani Efai mma, ne Maakani ba Yesania, wɔne wɔn mmarima. Na Safan ba Ahikam ba Gedalia kaa wɔn ne wɔn mmarima no ntam sɛ: Monnsuro sɛ mobɛsom Kaldeafoɔ no, montena asase no so na monsom Babel hene, na ɛnsi mo yie. Na me deɛ, hwɛ, mete Mispa, sɛ mɛgyina Kaldeafoɔ a wɔba yɛn nkyɛn no anim; na mo deɛ, monkɔboaboa nsa ne nnuaba ne ngo ano ngu mo nnoɔma mu, na montena mo nkuro a moafa no mu. Saa ara nso na Yudafoɔ a wɔwɔ Moab ne Amonfoɔ mu ne Edom ne wɔn a wɔwɔ nsase no nyinaa soɔ no nyinaa tee sɛ Babel hene agya nkaeɛ bi ama Yuda ne sɛ ɔde Safan ba Ahikam ba Gedalia asi wɔn so panin no, Yudafoɔ no nyinaa sane firii deɛ wɔbobɔɔ wɔn peteeɛ hɔ baa Yuda asase so Gedalia nkyɛn Mispa, na wɔbɛboaboaa nsa ne nnuaba pii pa ano. Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔwɔ wiram no nyinaa baa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wonim sɛ Amonfoɔ hene Baalis asoma Netania ba Ismael sɛ ɔmmra mmɛku wo? Na Ahikam ba Gedalia annye wɔn anni. Na Karea ba Yohanan ka kyerɛɛ Gedalia kokoa mu wɔ Mispa sɛ: Ma menkɔ menkɔkum Netania ba Ismael, na obiara ante; adɛn nti na ɔmmɛku woɔ, na Yudafoɔ a wɔaboa wɔn ano aba wo nkyɛn no nyinaa mmɔ mpete, na Yudafoɔ nkaeɛ no nyera? Na Ahikam ba Gedalia ka kyerɛɛ Karea ba Yohanan sɛ: Nni saa asɛm yi, na atorosɛm na woreka no Ismael ho yi.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na bosome a ɛtɔ so nson no, Elisama ba Netania ba Ismael a ɔfiri ɔhene asefoɔ ne ɔhene atitire mu no, ne mmarima du a wɔka ne ho baa Ahikam ba Gedalia nkyɛn wɔ Mispa, na wɔbɔɔ mu didii Mispa hɔ. Ɛnna Netania ba Ismael ne mmarima du a wɔka ne ho no sɔre de nkrantɛ bobɔɔ Safan ba Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no asi asase no so panin no kumm no. Na Yudafoɔ a wɔne ɔno Gedalia te Mispa no nyinaa ne Kaldeafoɔ a wɔhunuu wɔn hɔ a wɔyɛ akofoɔ no nso, Ismael kunkumm wɔn. Na Gedalia kum akyiri nnanu a obiara nteeɛ no, mmarima bi firi Sekem ne Silo ne Samaria bae, wɔyɛ aduɔwɔtwe, na wɔayiyi wɔn bɔgyesɛ asunsuane wɔn ntadeɛ mu abobɔ wɔn ho akam, na wɔkura aduane afɔdeɛ ne aduhwam sɛ wɔde reba AWURADE fie. Na Netania ba Ismael firi Mispa kɔhyiaa wɔn. Ɔrekorɔ no, na ɔresu, na ɔduruu wɔn nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommra Ahikam ba Gedalia nkyɛn. Na wɔduruu kuro no mu no, Netania ba Ismael ne mmarima a wɔka ne ho no kunkumm wɔn guu abura bi mu. Nanso wɔn mu mmarima du wɔ hɔ a wɔka kyerɛɛ Ismael sɛ: Nkum yɛn, na yɛwɔ akoradeɛ wɔ wiram, ayuo ne atokoɔ ne ngo ne ɛwoɔ. Ɛnna ɔgyaeeɛ, na wankum wɔn ampae wɔn nuanom no so. Nso abura a Ismael totoo mmarima a ɔkunkumm wɔn kaa Gedalia ho no afunu guu mu no ne deɛ Israelhene Baasa nti Ɔhene Asa tuiɛ no, ɛno na Netania ba Ismael de atɔfoɔ no hyɛɛ no ma. Ɛnna Ismael faa ɔman no nkaeɛ a wɔwɔ Mispa no nyinaa nnommum, ɔhene mmammaa ne nkurɔfoɔ a wɔkaa Mispa a Ankɔbeahene Nebusaradan de wɔn hyɛɛ Ahikam ba Gedalia nsa no nyinaa, Netania ba Ismael faa wɔn nnommum kɔe, sɛ ɔrekɔtwam akɔ Amonfoɔ nkyɛn. Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa tee bɔne a Netania ba Ismael ayɛ no, wɔfaa mmarima no nyinaa kɔɔ sɛ wɔne Netania ba Ismael rekɔko; na wɔkɔtoo no asukɛseɛ a ɛwɔ Gibeon no ho. Na nkurɔfoɔ a wɔka Ismael ho no nyinaa hunuu Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔka ne ho no nyinaa no, wɔn ani gyee, na ɔman a Ismael faa wɔn nnommum firii Mispa no danedanee wɔn ho sanee wɔn akyiri baa Karea ba Yohanan nkyɛn. Na Netania ba Ismael ne mmarima baawɔtwe firii mu firii Yohanan anim, na wɔsii mu kɔɔ Amonfoɔ nkyɛn. Ɛnna Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔka ne ho no nyinaa faa ɔman no nkaeɛ a ɔde wɔn sane firii Netania ba Ismael a ɔkumm Ahikam ba Gedalia no nkyɛn Mispa, na wɔfaa mmarima akofoɔ ne mmaa ne mmɔfra ne mpiafoɔ a ɔde wɔn sane firii Gibeon no, na wɔsii mu kɔtenaa Kimham asoɛeɛ a ɛwɔ Betlehem nkyɛn mu, sɛ wɔrefa so akɔ Misraim afiri Kaldeafoɔ no anim, ɛfiri sɛ na wɔsuro wɔn anim, sɛ Netania ba Ismael akum Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no si asase no so panin no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na dɔm asafohene no nyinaa ne Karea ba Yohanan ne Hosaia ba Yesania ne ɔmanfoɔ no nyinaa, ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ soɔ, twe pinii bɛka kyerɛɛ Odiyifoɔ Yeremia sɛ: Ma yɛn nkotosrɛ mmra w’anim ɛ, na bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpaeɛ ma yɛn ne nkaeɛ yi nyinaa, ɛfiri sɛ yɛne kakraa bi a yɛaka firi nnipa bebree mu, sɛdeɛ wohu yɛn yi, na AWURADE wo Nyankopɔn nkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛnnante soɔ ne adekodeɛ a yɛnyɛ nso. Na Odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mate. Hwɛ, merebɛbɔ AWURADE mo Nyankopɔn mpaeɛ sɛdeɛ mokaeɛ no, na asɛm biara a AWURADE bɛbua mo no, mɛka makyerɛ mo. Meremfa asɛm biara mensie mo. Na wɔn nso ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: AWURADE nyɛ yɛn nokorɛ danseni pintinn sɛ AWURADE wo Nyankopɔn asɛm biara a ɔde bɛsoma wo yɛn nkyɛn no, sɛ ɛnyɛ saa na yɛbɛyɛ a, yɛka! Sɛ papa oo, bɔne oo, AWURADE yɛn Nyankopɔn a yɛresoma wo ne nkyɛn no nne na yɛbɛtie, na asi yɛn yie, sɛ yɛtie AWURADE yɛn Nyankopɔn nti. Na dadu akyiri no, AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn. Na ɔfrɛɛ Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔka ne ho no nyinaa ne ɔman no nyinaa, ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so bae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a mosomaa me ne nkyɛn sɛ memma mo nkotosrɛ nnuru n’anim no seɛ nie: Sɛ mobɛtena asase yi so a, ɛnneɛ mɛpagya mo asi hɔ, na merennwiri, na mɛdua mo, na merentutu mo, ɛfiri sɛ manu me ho, mmusuo a mede aba mo soɔ no nti. Monnsuro Babel hene a mosuro no yi, monnsuro no, AWURADE asɛm nie, na me na medi mo akyiri sɛ mɛgye mo nkwa na mayi mo afiri ne nsam; na mɛdom mo, na mama wahu mo mmɔbɔ, na wama moasane aba mo asase so. Na sɛ moka sɛ: Yɛrentena asase yi so, na moantie AWURADE mo Nyankopɔn nne, ka sɛ: Dabi, na yɛbɛkɔ Misraim asase so a yɛrenhunu dɔm na yɛrente totorobɛnto hyɛne na aduanekɔm renne yɛn, na yɛakɔtena hɔ, a, ɛnneɛ afei montie AWURADE asɛm, mo Yuda nkaeɛ a aka yi: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ mode mo ani to so sɛ mobɛkɔ Misraim akɔyɛ hɔ ahɔhoɔ a, ɛnneɛ ɛbɛba sɛ, afena a mosuro no ara bɛto mo wɔ hɔ, Misraim asase no so, na ɛkɔm a mo akoma tu ho no, bɛdi mo akyi Misraim hɔ, na ɛhɔ ara na mobɛwuwuo. Na mmarima a wɔde wɔn ani to so sɛ wɔbɛkɔ Misraim akɔyɛ hɔ ahɔhoɔ no nyinaa bɛwuwu afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, na wɔn mu biara renka, anaasɛ ɔremfiri mmusuo a mede bɛba wɔn soɔ no mu. Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Sɛdeɛ m’abufuo ne m’abufuhyeɛ hwie guu Yerusalemfoɔ soɔ no, saa ara na mokɔ Misraim a, m’abufuhyeɛ bɛhwie agu mo soɔ, na moadane ntankadeɛ ne ahodwirideɛ ne nnome ne nsopa, na morenhunu ha yi bio. AWURADE aka akyerɛ mo, Yuda nkaeɛ, sɛ monnkɔ Misraim! Na monhunu pefee sɛ madi mo adanseɛ nnɛ. Na moatwa mo ara mo kra nkontompo, ɛfiri sɛ mo ara na mosomaa me AWURADE mo Nyankopɔn nkyɛn sɛ: Bɔ AWURADE yɛn Nyankopɔn mpaeɛ ma yɛn, na sɛdeɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka nyinaa no, saa ara na ka kyerɛ yɛn na yɛnyɛ. Na maka makyerɛ mo nnɛ, nso moantie AWURADE mo Nyankopɔn ne deɛ ɔde somaa me mo nkyɛn no nyinaa. Na afei, monhunu pefee sɛ afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano na mobɛwuwuo, deɛ mo ani gyina sɛ morekɔ akɔyɛ hɔ ahɔhoɔ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yeremia kaa AWURADE wɔn Nyankopɔn nsɛm a AWURADE wɔn Nyankopɔn de somaa no wɔn nkyɛn no nyinaa kyerɛɛ ɔman no nyinaa wieeɛ no, Hosaia ba Asaria ne Karea ba Yohanan ne mmarima ahokyerɛfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Atorosɛm na woreka yi, AWURADE yɛn Nyankopɔn nsomaa wo sɛ ka sɛ: Monnkɔ Misraim nnkɔyɛ hɔ ahɔhoɔ! Na Neria ba Baruk na ɔpiapia wo tia yɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɔde yɛn ahyɛ Kaldeafoɔ nsa, na wɔakum yɛn, na wɔatu yɛn akɔ Babel. Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene no nyinaa ne ɔman no nyinaa antie AWURADE, antena Yuda asase so. Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene no nyinaa faa Yuda nkaeɛ a wɔsane firii amanaman nyinaa a wɔpansamm wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa baa sɛ wɔrebɛsoɛ Yudafoɔ asase soɔ, mmarima ne mmaa ne mmɔfra ne ɔhene mmammaa ne nnipa a Ankɔbeahene Nebusaradan gyaa wɔn Safan ba Ahikam ba Gedalia nkyɛn no nyinaa ne Odiyifoɔ Yeremia ne Neria ba Baruk, na wɔde wɔn kɔɔ Misraim asase so, ɛfiri sɛ wɔantie AWURADE; na wɔbaa Tapanes. Ɛnna AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn, Tapanes sɛ: Tase aboɔ akɛseɛ, na fa hyehyɛ dɔteɛ mu, ntaayaa fononoo a ɛwɔ Farao fie pono ano no mu, Tapanes Yudafoɔ mmarima no anim, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Hwɛ, meresoma ama wɔakɔfa m’akoa, Babelhene Nebukadnessar, na mede n’adwa mabɛsi aboɔ yi a mede makora yi so, na watrɛ n’akatamansoɔ mu wɔ hɔ. Na ɔbɛba abɛbɔ Misraim asase, deɛ ɔsɛ wuo no bɛwu, na deɛ ɔsɛ dommumfa no, wɔbɛfa no dommum, na deɛ ɔsɛ afena no, afena bɛka no. Na mɛto Misraim anyame afie mu gya, na wahye wɔn asoa wɔn nnommum, na wafira Misraim asase, sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ fira ne ntoma, na wafiri hɔ asomdwoeɛ mu akɔ. Na ɔbɛbubu Bet-semes adum a ɛwɔ Misraim asase soɔ no, na ɔde ogya ahye Misraim anyame afie no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn a ɛfa Yudafoɔ a wɔte Misraim asase soɔ, wɔn a wɔtete Migdol ne Tapanes ne Memfis ne Patros asase soɔ no nyinaa ho nie: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Mo ara moahunu bɔne a mede maba Yerusalem ne Yuda nkuro nyinaa soɔ no nyinaa. Na hwɛ, ayɛ amamfo nnɛ, na obiara nni hɔ a ɔte soɔ. Ɛfiri wɔn bɔne a wɔyɛ de huruu me boɔ no; sɛ wɔkɔ kɔhyee aduhwam de som anyame foforɔ a wɔne mo, ne mo agyanom nnim wɔn no nti. Na mesomaa me nkoa adiyifoɔ no nyinaa maa wɔbaa mo nkyɛn, metuaa nhema mesomaa sɛ: Monnyɛ akyiwadeɛ a ɛyɛ me tane yi bi. Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase sɛ wɔbɛsane afiri wɔn bɔne ho, na wɔrenhye aduhwam mma anyame foforɔ. Ɛnna m’anibereɛ ne m’abufuhyeɛ hwie guiɛ, na ɛdɛree Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmorɔno so maa no danedane asasefo ne amamfo sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. Na afei, sɛ AWURADE asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Adɛn nti na mo nso moyeyɛ bɔne kɛseɛ tia mo ara mo kra yi, sɛ wɔntwitwa mo mu ɔbarima ne ɔbaa, abɔfra ne akɔkoaa mfiri Yuda, na wɔannya mo nkaeɛ biara, sɛ mode mo nsa ano nnwuma rehuru me boɔ, na moahye aduhwam ama anyame foforɔ, Misraim asase a moaba soɔ abɛyɛ hɔ ahɔhoɔ yi so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mo ase bɛhyeɛ, na moayɛ nnome ne nsopa, asase so amanaman nyinaa mu? Mo werɛ afiri mo agyanom nnebɔne, ne Yuda ahemfo nnebɔne, ne wɔn yerenom nnebɔne ne mo ara mo nnebɔne ne mo yerenom nnebɔne a wɔyɛɛ no Yuda asase soɔ ne Yerusalem mmorɔno soɔ no? Enti na wɔmmrɛɛ wɔn ho ase de bɛsi nnɛ da yi, nanso wɔnsuro, na wɔnnante me mmara ne m’ahyɛdeɛ a mede mesisii mo ne mo agyanom anim no soɔ. Enti sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede m’ani masa mo na asi mo bɔne, na Yuda nyinaa ase ahye. Na mafa Yuda nkaeɛ a wɔde wɔn ani ato so sɛ wɔbɛba Misraim asase so abɛyɛ hɔ ahɔhoɔ no mama wɔn nyinaa asa; Misraim asase so na wɔbɛtotɔ, afena ne ɛkɔm nti, wɔbɛwie sa, afiri akumaa so akɔsi ɔkɛseɛ so; afena ne ɛkɔm ano na wɔbɛwuwuo, na wɔadanedane ntankadeɛ na ahodwirideɛ ne nnome ne nsopa. Na mɛtwe wɔn a wɔtete Misraim asase soɔ no aso, sɛdeɛ mede afena, ɛkɔm ne owuyadeɛ bɛtwee Yerusalem aso no, na Yuda nkaeɛ a wɔakɔ Misraim, akɔyɛ hɔ ahɔhoɔ no mu biara remfiri mu, anaasɛ ɔrenka na wɔasane aba Yuda asase a wɔpɛ sɛ wɔsane kɔ hɔ no so, kɔtena hɔ no, ɛfiri sɛ obiara biara rensane mma, gye adwanefoɔ. Ɛnna mmarima a wɔnim sɛ wɔn yerenom hyehyee aduhwam maa anyame foforɔ no nyinaa, ne mmaa a wɔgyinagyina hɔ no nyinaa, asafo kɛseɛ, na ɔman a wɔte Patros, Misraim asase soɔ no nyinaa buaa Yeremia sɛ: Asɛm a woreka akyerɛ yɛn AWURADE din mu yi, yɛrentie wo, na mmom yɛbɛyɛ biribiara a yɛaka sɛ yɛbɛyɛ, sɛ yɛbɛhye aduhwam ama ɔsoro hemmaa no, na yɛahwie ahwiesa ama no, sɛdeɛ yɛn ne yɛn agyanom, yɛn ahemfo ne yɛn asafohene yɛeɛ, Yuda nkuro ne Yerusalem mmorɔno soɔ a aduane meemee yɛn, na yɛdii yie na yɛanhunu bɔne biara no. Na ɛfiri berɛ a yɛgyaee ɔsoro hemmaa no aduhwamhyeɛ ne ahwiesa hwie no, nnoɔma nyinaa abɔ yɛn; ɛnna afena ne ɛkɔm awie yɛn yɛ yi. Na mmaa no kaa sɛ, yɛhye aduhwam ma ɔsoro hemmaa na yɛhwie ahwiesa ma no a, mosusu sɛ yɛkwati yɛn kununom na yɛyɛ taterɛ de sisi hɔ ma no na yɛhwie ahwiesa no a wɔnnim anaa? Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa, mmarima ne mmaa ne nkurɔfoɔ a wɔbuaa no no nyinaa sɛ: Aduhwam a mo ne mo agyanom, mo ahemfo ne mo mmapɔmma ne asase no so nkurɔfoɔ no hyee no Yuda nkuro mu, ne Yerusalem mmorɔno soɔ no, ɛnyɛ ɛnonom na AWURADE akae, na afɔre ahyɛne n’adwene mu. Ɛfiri sɛ na AWURADE ntumi nsoa mo nneyɛɛ bɔne ne akyiwadeɛ a moyɛeɛ no bio, na mo asase adane amamfo ne ahodwirideɛ ne nnome a obiara ntena hɔ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. Ɛsiane sɛ mohyehyee aduhwam yɛɛ AWURADE bɔne, na moantie AWURADE, na moanni ne mmara ne n’ahyɛdeɛ ne n’adansesɛm no soɔ nti, na asiane bɔne yi abɛsiane mo sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. Na Yeremia ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa ne mmaa no nyinaa sɛ: Yudafoɔ a mowɔ Misraim asase soɔ nyinaa, montie AWURADE asɛm: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Mo ne mo yerenom, mode mo ano ka na mode mo nsa ma no ba mu sɛ: Ma ara na yɛbɛma yɛn aboadeɛ a yɛhyɛɛ ho bɔ no, sɛ yɛbɛhye aduhwam ama ɔsoro hemmaa, na yɛahwie ahwiesa ama no. Tim ara na mobɛma mo bɔhyɛ no atim, na ma nso na mobɛma mo aboadeɛ no. Saa nti montie AWURADE asɛm, Yudafoɔ a mote Misraim asase soɔ nyinaa: Hwɛ, maka me din kɛseɛ no ntam sɛ, AWURADE asɛm nie, wɔremmɔ me din Yudani biara anomu wɔ Misraim asase nyinaa so sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn te aseɛ yi! Hwɛ, mewɔ wɔn ho ani, bɔne ho, na ɛnyɛ papa ho, na Yudafoɔ a wɔwɔ Misraim asase soɔ no nyinaa bɛdwerɛ afena ne ɛkɔm ano akɔsi sɛ wɔbɛwie sa. Na nnipa kakraa bi a wɔbɛfiri afena ano afiri no bɛsane afiri Misraim asase so aba Yuda asase so, na Yuda nkaeɛ a wɔbaa Misraim asase so bɛyɛɛ hɔ ahɔhoɔ no nyinaa bɛhunu onii ko a n’asɛm bɛgyina, me deɛ oo, wɔn deɛ oo! Na yei bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama mo, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛtwe mo aso ɛha yi, na moahunu sɛ mo ho na me nsɛm no bɛba mu ayɛ mo bɔne: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede Misraimhene Farao Hofra merehyɛ n’atamfo ne wɔn a wɔrepɛ no aku no no nsa, sɛdeɛ mede Yudahene Sedekia mehyɛɛ Babelhene Nebukadnessar a ɔtanee no, pɛɛ no kumm no no nsa no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Asɛm a Odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Neria ba Baruk berɛ a ɔtwerɛɛ nsɛm yi firii Yeremia anomu hyɛɛ nwoma mu, Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnan mu no sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn ka no wo, Baruk, ho nie: Woka sɛ: Mennue, sɛ AWURADE de awerɛhoɔ ka me yea ho. Mabrɛ ne apinisie, na mennya ahome biara. Sei na ka kyerɛ no: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, deɛ mesiiɛ no, meredwiri, na deɛ meduaeɛ no, meretutu; na yei bɛba asase no nyinaa so. Na wo na worehwehwɛ ade kɛseɛ afa? Nhwehwɛ, na hwɛ, mede bɔne mereba honam nyinaa so, AWURADE asɛm nie, na mede wo kra bɛma wo sɛ asadeɛ, baabiara a wobɛkorɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE asɛm a ɛbaa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn, amanaman ho nie: Misraim deɛ: Misraimhene Farao Neko dɔm a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate ano wɔ Karkemis a Babelhene Nebukadnessar kumm wɔn, Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnan mu no ho. Monsiesie nkataboɔ ne ɛkyɛm, na montu sa. Momfa apɔnkɔ nsesa nteaseɛnam ho, montenatena so, O apɔnkɔsotefoɔ, monhyɛ dadeɛ kyɛ nnyinagyina hɔ, mompɔ mpea ho, na monhyehyɛ dadeɛ nkataboɔ. Ɛnam deɛn so na mehu wɔn sɛdeɛ wɔn akoma atuo na wɔadane wɔn akyire, na wɔn nnɔmmarima no, wɔabobɔ wɔn aguo, na dwane ara na wɔredwane na wɔnhwɛ wɔn akyiri yi? Ehu wɔ afa nyinaa, AWURADE asɛm nie; ɔhoɔharefoɔ nnya adwaneyɛ, na dɔmmarima mfiri mu mfi; atifi fam, Asuo Eufrate no ho na wɔasuntisunti na wɔahwehwe aseɛ. Hwan na ɔreba sɛ Nil, na n’asorɔkyeɛ rebɔ sɛ asukɛseɛ deɛ yi? Misraim atu reba sɛ Nil, n’asorɔkyeɛ rebɔ sɛ asuo akɛseɛ deɛ, na ɛse: Mɛyiri makata asase so masɛe nkuro ne emufoɔ no. Montenatena apɔnkɔ so, na nteaseɛnam ntu yirididi na nnɔmmarima no mfiri adi, Etiopia ne Put, akyɛmkurafoɔ no ne Lidiafoɔ a wɔkura tadua pono mu no. Ɛda no yɛ asafo AWURADE Nyankopɔn deɛ, aweretɔ da a ɔbɛtɔ n’atamfo so were. Na afena bɛdidi amee, na wɔn mogya ama no abo, na AWURADE, asafo AWURADE wɔ okum afɔdeɛ, atifi fam asase so, Asuo Eufrate ho. O ɔbaabunu, Misraim babaa, foro kɔ Gilead kɔgye aduro; kwa ara kwa na woma nnuro dɔɔso, ayaresa biara nni hɔ mma wo. Amanaman ate wo ahohora, na wo nteamu ayɛ asase ma tɔ, na dɔmmarima abɔ dɔmmarima so ma wɔn baanu abom ahwehwe ase. Asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ Odiyifoɔ Yeremia, sɛ Babelhene Nebukadnessar bɛba abɛseɛ Misraim asase no. Monka no Misraim, na mompae mu nka no Migdol, na mompae mu nka no Memfis ne Tapanes hɔ. Monka sɛ: Gyina hɔ, na tim hɔ pintinn, ɛfiri sɛ afena redidi atwa wo ho ahyia. Ɛnam deɛn so na wɔapra w’akunini korɔ yi? Adɛn na wo nantwinini annyina, na AWURADE apam no? Wama pii ahwehwe ase, baako atɔ da ne yɔnko so mpo; ɛnna wɔse: Sɔre ma yɛnsane nkɔ yɛn nkurɔfoɔ nkyɛn ne yɛn awoɔ asase so mfiri afena a ɛyɛ hu no anim. Wɔteam hɔ sɛ: Misraimhene Farao asɛe; wama berɛ a ɛsɛ no atwam. Sɛ mete aseɛ yi, ɔhene a asafo AWURADE ne ne din no asɛm nie, sɛdeɛ Tabor si mmepɔ no ntam na Karmel si ɛpo mu no, saa na ɔbɛba. Yɛ atukorɔ ho adeɛ fa, O Misraim babaa a wote hɔ no, na Memfi bɛdane amamfo, na ahye a obiara rentena mu bio. Misraim yɛ nantwie bedeɛ a ne ho yɛ fɛ, nanso ɔsɛeɛ firi atifi fam aba ne so. N’asraafoɔ apaafoɔ a wɔwɔ ne mu no te sɛ anantwie a wɔadɔre sradeɛ, aane, wɔn nso wɔdane wɔn ho bɔ mu dwanedwane; wɔnnyina, ɛfiri sɛ wɔn sɛeɛ da adu, wɔn asotwe berɛ aba wɔn so. Ne nne gyegye kɔ sɛ ɔwɔ a ɔtene, na wɔde dɔm nam reba ne so, na wɔde mmonnua reba ne so sɛ nnuabufoɔ. Wɔbɛtwa ne kwaeɛ AWURADE asɛm nie, kwaeɛ a wɔnnya mu ahwehwɛeɛ, ɛfiri sɛ wɔdɔɔso sene ntutummɛ, na wɔn dodoɔ nni ano. Wɔama Misraim babaa ani awu, wɔde no ahyɛ atifi fam man no nsa. Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se: Hwɛ, mereba mabɛtwe Amon a ɔwɔ Tebes no aso, ne Farao ne Misraim ne ɛso anyame ne ɛso ahemfo ne Farao ne wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ no, na mede wɔn mahyɛ wɔn a wɔpɛ wɔn kra no nsa, ne Babelhene Nebukadnessar ne ne nkoa nsa; na ɛno akyi no, wɔbɛsane abɛtena ha sɛ tete nna no, AWURADE asɛm nie. Na wo, m’akoa Yakob, nsuro, na mma w’akoma nntu, O Israel. Na hwɛ, meregye wo afiri akyirikyiri ne w’asefoɔ nso afiri wɔn nnommumfa asase no so, na Yakob asane aba abɛhome atena ase dwoodwoo, na obiara nni hɔ a ɔbɛyi no hu. Wo, m’akoa Yakob, nsuro, AWURADE asɛm nie, na medi w’akyi, na mɛma amanaman a mebɔɔ mo pete kɔɔ hɔ no nyinaa awie saa, na wo deɛ, merenwie wo. Na mɛtea wo sɛdeɛ ɛfata, na bem deɛ, meremma wonni.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE asɛm a ɛbaa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn Filistifoɔ ho, ansa na Farao reba abɛkunkum Gasa nie: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, nsuo rema ne ho so afiri atifi fam na ayɛ asuo a ɛreyiri asram asase ne ne mayɛ, kuro no ne wɔn a wɔte mu no soɔ. Na nnipa bɛteateam, na asase no sofoɔ abɔ abubuo, wɔn apɔnkɔ akunini ntɔte a ɛsisi fam tim tim no kitikitiyɛ ne wɔn nteaseɛnam a ɛyɛ twɛtwɛrɛdɛdɛ ne ne nan huuyɛ nti, agyanom nnane wɔn ani nhwɛ wɔn mma, wɔn nsa mu goɔ no nti, ɛda a ɛreba abɛsɛe Filistifoɔ nyinaa atwitwa Tiro ne Sidon aboafoɔ a aka no nyinaa nti, na AWURADE rebɛsɛe Filistifoɔ, Kaftor supɔ mu nkaeɛ no. Atipa aba Gasa so, Askelon ne wɔn bonhwa mu nkaeɛ asɛe pasaa. Wobɛbɔ wo ho akam akɔsi da bɛn? Ao, AWURADE afena, ɛnkɔsi da bɛn ansa na woayɛ komm? Sane kɔhyɛ wo boha mu, home na yɛ dinn ɛ! Ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ komm, berɛ a AWURADE ahyɛ no yi? Askelon ne mpoano hɔ na wahyɛ sɛ ɛmmra.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Moab deɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Nebo nnue! ɛfiri sɛ asɛe. Kiriataim ani awu, wɔagye. Aban denden no ani awu na wɔadwiri agu. Moab din a wagyeɛ no nni hɔ bio, wɔatu ne ho agyina bɔne, wɔ Hesbon sɛ: Mommra mma yɛntwa no, na anyɛ ɔman bio. Wo nso kuro a wɔfrɛ wo Madmen, wɔbɛka w’ano atomu, ɛfiri sɛ afena di w’akyi. Tie! Esu nne a ɛfiri Horonaim, ɔsɛeɛ ne amamfo kɛseɛ. Wɔabubu Moab, emu nnipa nkumaa ma wɔte nteamu. Na Luhit aforoeɛ hɔ wɔde esu ara nko foro kɔ soro; na Horonaim asianeeɛ hɔ ahohiahiafoɔ tee agyaadwo gyegyeegyeyɛ. Monnwanedwane mma mo kra mfiri mu mfi, na monyɛ sɛ anwea pradada so afunumu. Na ɛsiane sɛ wode w’ani ato wo nnwuma ne w’akoradeɛ soɔ nti, wo nso, wɔbɛfa wo, na Kemos, n’asɔfoɔ ne n’asafohene abɔ mu afiri adi akɔ tukorɔ mu. Na ɔsɛefoɔ bɛba nkuro nyinaa so, na kuro biara remfiri mu mfi; na mmonhwa ayera, na asaseta nso asɛe, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no. Momma Moab nkaeɛdum, na sɛe ara na wɔbɛsɛe no. Na ne nkuro bɛyɛ amamfo a obiara nte mu. Nnome nka deɛ ɔyɛ AWURADE adwuma biara biara, na nnome nka deɛ ɔsianka n’afena firi mogyahwieguo mu. Moab atena ase dwoodwoo firi ne mmɔfraase, na wada ne puo so, na wɔnhwiee no mfirii adeɛ mu nguu adeɛ mu, na ɔnkɔɔ tukorɔ mu da; enti na ne dɛ aka ne mu, na ne ho hwam nsakyeraeɛ. Enti hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛsoma atuefoɔ aba ne so a wɔbɛtue wɔn, na wɔahwiehwie deɛ ɛwɔ n’adeɛ mu agu, na wɔabobɔ ne mpɔre nso. Na Moab ani bɛwu Kemos ho sɛdeɛ Israel fie ani wuu Betel a wɔde wɔn ho too soɔ no ho no. Ɛyɛ dɛn na moka sɛ: Yɛyɛ nnɔmmarima ne akofoɔ akokoɔdurufoɔ? Wɔasɛe Moab, na wɔaforo kɔ ne nkuro mu, na ne mmeranteɛ a wɔayi wɔn no asiane kɔ okum mu, ɔhene a asafo AWURADE ne ne din no asɛm nie. Moab sɛeɛ repempɛn so ba, na ne mmusuo reyɛ ntɛm ba. Monnyam no, mo a motete ne ho nyinaa ne mo a monim ne din nyinaa. Monka sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na dua a ɛyɛ den, poma fɛfɛ no abuo yi? Siane firi w’animuonyam mu, na tena sukɔm asase so, O wo a wote Dibon! Na Moab sɛefoɔ atu reba wo so, ɔrebɛsɛe w’aban a ɛyɛ den no. Kɔgyina kwan ho sra, Aroerfoɔ, bisa odwanefoɔ ne deɛ wafiri mu afire sɛ: Ɛdeɛn na asie? Moab ani awu, ɛfiri sɛ wɔadwiri agu. Montwa agyaadwo na monteam, monka no Arnon sɛ wɔasɛe Moab. Na atemmuo aba asaseta no so, aba Holon ne Yahsa ne Mefaat, ne Dibon ne Nebo ne Bet-diblataim, ne Kiriataim ne Bet-gamul ne Bet-meon, ne Keriot ne Bosra ne Moab asase so nkuro a ɛwɔ akyirikyiri ne deɛ ɛbɛn nyinaa so. Wɔatwa Moab abɛn, na ne basa abu, AWURADE asɛm nie. Momma no mmoro, ɛfiri sɛ wadi AWURADE so akokurokosɛm, na momma Moab ayantam ne feɛ mu, na ɔno nso nnane asereseredeɛ. Israel anyɛ wo aseredeɛ, sɛ wohunuu no akorɔmfoɔ mu? Na da biara a woka ne ho asɛm no wowosowoso wo ti. O Moabfoɔ, monnya mo nkuro hɔ nkɔtena abotan mu, na monyɛ sɛ abuburo a ɔyɛ ne buo wɔ abodan ano nkyɛn mu. Yɛate Moab ahantan, ɔyɛ ahantan dodoɔ no, n’ahantan ne dwɛɛ ne n’ahokyerɛ ne n’akoma mmasoɔ. Me ara, AWURADE asɛm nie, menim n’aniɛden; n’ahohoahoa ne ne nneyɛɛ yɛ atorɔ. Enti metwa Moab ho adwo, na metwa Moab nyinaa ho agyaadwo na madi Kir-Heres mmarima ho abooboo. Mede Yaser su no bi mesu wo, O Sibma obobe. Wo mman atra ɛpo, akɔduru Yaser po ano. Wo nnuabateɛ ne wo bobe abateɛ so na ɔsɛefoɔ no aba, na wɔahwam anigyeɛ ne ahurisidie afiri mfu pa wɔ Moab asase so, na matwa nsa to afiri nsa- kyi-amena mu. Wɔrenyɛ nsa mmɔ nnye so. Wɔbɛbo agye so a ɛnyɛ anigyeɛ mmɔgyesoɔ. Wɔma wɔn nne so firi Hesbon nteam no mu kɔsi Eleale ne Yahas, ɛfiri Soar kɔsi Horonaim, sɛ mfeɛ mmiɛnsa nantwibereɛ; na Nimrim nsuo mpo adane nkyɛkyerɛ. Na mɛtwa Moab mu, AWURADE asɛm nie, deɛ ɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ sorɔnsorɔnbea, ne deɛ ɔhye aduhwam ma n’anyame no. Ɛno nti m’akoma gyegye ma Moab sɛ atɛntɛbɛn, na m’akoma gyegye sɛ atɛntɛbɛn ma Kir-Heres mmarima, ɛfiri sɛ adeɛ a wɔanya, a wɔde asie no, ayera. Na etire nyinaa so apepa, na bɔgyesɛ nyinaa akuku, nsa nyinaa ho ayɛ nkamaa, na ayitoma miamia asene. Esutue ara nko na ɛwɔ Moab adan nyinaa atifi, ne ne mmorɔno soɔ, na mabɔ Moab sɛ kukuo bi a wɔmpɛ, AWURADE asɛm nie. Sɛdeɛ wɔasi adwiri no! Sɛdeɛ wɔsi twa agyaadwoɔ! Sɛdeɛ Moab si de aniwuo dane n’atikɔ! Saa ara na Moab adane aseredeɛ ne ahodwirideɛ ama wɔn a wɔtete ne ho nyinaa. Na sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, obi retu sɛ ɔkɔdeɛ, na ɔtrɛ ne ntaban mu ba Moab so. Wɔbɛfa nkuro akɛseɛ no, na wɔagye nkuro a ɛyɛ den no, na ɛda no Moab nnɔmmarima akoma bɛyɛ sɛ ɔbaa a ɔda ahohiahia mu akoma. Na wɔbɛsɛe Moab na ɛrenyɛ ɔman bio, ɛfiri sɛ wadi AWURADE so akokurokosɛm. Ehu ne eku ne fidie da wo da, wo a wote Moab no, AWURADE asɛm nie. Deɛ ɔdwane firi ehu ano no kɔ eku mu, na deɛ waforo afiri eku mu no, wɔde fidie yi no, na mede Moab asotwe afe bɛba wɔn so, AWURADE asɛm nie. Hesbon nwunu mu na adwanefoɔ a ahoɔden abɔ wɔn gyinagyina, na ogya afiri Hesbon, na ogyaframa afiri Sihon mu, na abɛsɛe Moab moma ne hooyɛ mma no mpampam. Moab, due! Kemos man ayera, na wɔafa wo mmabanin nnommum, na wo mmammaa kɔ nnommumfa mu. Nso mede Moab nnommum bɛsane aba, nna a ɛdi akyire no mu, AWURADE asɛm nie. Deɛ Moab atemmuo no aso ne ha.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Amon mma deɛ nie: Sɛ AWURADE seɛ nie: Israel nni mmabanin, anaasɛ ɔnni ɔdedini? Ɛnam deɛn so na Malkam di adeɛ Gad, na ne manfoɔ tete ne nkuro mu? Ɛno nti, hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛma Amon mma kuro Raba no ate ɔko mu osebɔ, na adane nkunkumaboɔkuo, na wɔde ogya ahye ɛho nkurowa, na Israel adi n’adedifoɔ adeɛ, AWURADE na ɔseɛ. Hesbon, twa agyaadwoɔ, na wɔasɛe Ai. Raba mmammaa, monteam, momfira ayitoma ntwa adwo, na monkyinkyini afasuo no ntam, na Malkam rekɔ tukorɔ mu, n’asɔfoɔ ne ne mmapɔmma bɔ mu kɔ. Adɛn na wohyehyɛ wo ho, mmonhwa no ho? Wo bonhwa no sene kɔ, ɔbabaa okyirisanni a wode wo ho too w’akoradeɛ so kaa sɛ: Hwan na ɔbɛba me soɔ? Hwɛ, mede ehu bɛfiri wɔn a wɔatwa wo ho ahyia nyinaa nkyɛn aba wo so, asafo AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, na wɔasunsum mo mmaako mmaako atwene a obiara biara remmoa adwanefoɔ ano. Na ɛno akyiri no, mede Amon mma nnommum bɛsane aba bio, AWURADE asɛm nie. Edom deɛ nie: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nyansa biara nni Teman bio? Afotuo abɔ nhunumufoɔ? Wɔahwie wɔn nyansa agu anaa? Monnwane, monnane mo akyi, monkɔtena deɛ emu dɔ hɔ, O Dedanfoɔ! Na mede Esau sɛeɛ bɛba ne so, berɛ a mɛba mabɛtwe n’aso no. Sɛ bobe abatefoɔ ba wo so a, wɔrennya wo mpɛpɛ anaa? Na sɛ anadwo akorɔmfoɔ ba a, wɔbɛsɛe deɛ ɛbɛso wɔn anaa? Na me deɛ, mama Esau ada adagya, mayi n’ahuntadeɛ adi, na ɔrentumi nkata ne ho, wɔasɛe n’asefoɔ ne ne nuanom ne n’afipamfoɔ, na ɔnni hɔ bio. Gya wo nwisiaa hɔ, me na mɛgye wɔn nkwa, na w’akunafoɔ nso, ma wɔmfa wɔn ho nto me so. Na sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, wɔn a ɛmfata wɔn sɛ wɔbɛnom kuruwa no, nom ara na wɔnom, na wo deɛ, wobɛfa wo ho sɔnn adi? Woremfa wo ho sɔnn nni, na mmom nom ara na wobɛnom. Na maka me ho ntam, AWURADE asɛm nie, sɛ Bosra bɛdane ahodwirideɛ, nsopa, amamfo ne nnome, na ne nkuro nyinaa ayeyɛ daa amamfo. Mate AWURADE anomu nsɛm, na wɔasoma ɔbɔfoɔ ma wakɔ amanaman mu sɛ: Mommoaboa mo ano mmra ne so, na monsɔre mmɛko. Na hwɛ, mayɛ wo amanaman mu ketewa ma wɔabu wo animtia nnipa mu. W’ahodwire ne w’akoma ahantan adaadaa wo, wo a wote ɔbotan ntokuro mu, wo a wote nkokoɔ a ɛkorɔn soɔ; sɛ woyɛ wo buo sorosoro sɛ ɔkɔdeɛ mpo a, ɛhɔ ara na mɛyi wo afiri asi fam, AWURADE asɛm nie. Na Edom bɛdane amamfo, obiara a ɔbɛtwam ho no, ne bɔ no nyinaa nti, ne ho bɛdwiri no, na wabɔ hwerɛma hwee hwee. Sɛdeɛ Sodom ne Gomora ne ɛho nkuro butuiɛ no, AWURADE asɛm nie, obiara rentena hɔ, na onipa ba biara renyɛ hɔ hɔhoɔ. Hwɛ, ɔforo sɛ gyata firi Yordan kwaeɛ no mu reba tenabea a ɛwɔ hɔ daa no so, na mɛma wɔde adwane afiri hɔ amonom; na deɛ wɔayi no no, ɔno na mede no bɛsi soɔ. Na hwan na ɔte sɛ me? Na hwan na ɔbɛhyia me? Na hwan ne odwanhwɛfoɔ a ɔbɛtumi agyina m’anim? Enti montie AWURADE agyina a watu no Edom ho, ne ne tirimbɔ a wabɔ no Temanfoɔ ho no, ampa ara, wɔbɛtwe wɔn sɛ nnwan mu nkumaa akɔ, ampa ara, wɔn ho bɛyɛ wɔn tenabea ahodwiri. Wɔn ahweaseɛ gyegyeegye nti, asase woso, agyaadwo a wɔtwa no, wɔte nka Mmɛwa Po ano tɔnn. Hwɛ, ɔforo sɛ ɔkɔdeɛ retu aba, na ɔtrɛ ne ntaban mu Bosra so; na ɛda no, Edom nnɔmmarima akoma bɛyɛ sɛ ɔbaa a ɔda ahohiahia mu akoma. Damasko deɛ nie: Wɔakum Hamat ne Arpad aniwuo, ɛfiri sɛ wɔate asɛmmɔne bi; wɔn akoma atu; sɛ ɛpo a ahuru, ɛntumi nyɛ komm. Damasko ahodwo, adane ne ho rebɛdwane; nketenkete akye no, ahohiahia ne yea akuta no sɛ ɔbaa wofoɔ. Ayeyie kuro, m’ahosɛpɛ kuro no, hwɛ sɛdeɛ wɔasi agya no afa! Enti emu mmeranteɛ bɛtotɔ mmorɔno so, na ɛda no ara wɔatwitwa n’akofoɔ nyinaa agu, asafo AWURADE asɛm nie. Na mɛsɔ Damasko fasuo mu gya, na ahye Ben- hadad ahemfie no. Kedar ne Hasor ahennie a Babelhene Nebukadnessar sɛee no deɛ nie: Sɛ AWURADE seɛ nie: Monsɔre ntu Kedar so sa, na monsɛe apueeɛfoɔ. Wɔn ntomadan ne wɔn nnwan, wɔbɛfa; wɔn nkuntu ne wɔn nnoɔma nyinaa ne wɔn yoma, wɔbɛtase akɔ, na wɔateam aka akyerɛ wɔn sɛ: Ehu wɔ afa nyinaa. Monnwane, montu mmirikaden, monkɔtena deɛ emu dɔ hɔ, mo a mote Hasor! AWURADE asɛm nie. Na Babelhene Nebukadnessar atu mo tiri so agyina, na wapam mo so apam. Monsɔre ntu ɔman a wɔn ho dwoɔ a wɔte hɔ dwoodwoo no so sa, AWURADE asɛm nie. Wɔnni apono ne akyire adaban, wɔn nko ara na wɔte hɔ. Na wɔn yoma bɛyɛ fomfa adeɛ, na wɔn mmoakuo dodoɔ ayɛ asadeɛ. Na mɛbɔ wɔn a wɔayi wɔn bɔgyesɛ putuo apete mframa nyinaa ano, na mede wɔn sɛeɛ afiri afa nyinaa aba wɔn so, AWURADE asɛm nie. Na Hasor bɛdane ɛserɛ so kraman tenabea ne daa amamfo, obiara biara rentena hɔ, na onipa ba biara renyɛ hɔhoɔ wɔ hɔ. AWURADE asɛm baa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn, Elam ho, Yudahene Sedekia ahennie mfitiaseɛ sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, merebubu Elam tadua, wɔn mmaninyɛ ade titire mu; na mede mframa nnan bɛfiri ɔsoro afanan aba Elam so, na mabɔ wɔn apete mframa yi nyinaa ano, na ɔman biara nni hɔ a Elam adamfikyi remma hɔ; na mɛma Elam akoma atu, wɔn atamfoɔ ne wɔn a wɔrepɛ wɔn akum wɔn no anim, na mede mmusuo a ɛyɛ m’abufuo mu gya bɛba wɔn so, AWURADE asɛm nie, na mama afena ati wɔn akɔsi sɛ mɛwie wɔn yɛ. Na mede m’adwa bɛsi Elam, na mama ɔhene ne mmapɔmma ayera hɔ, AWURADE asɛm nie. Nanso nna a ɛdi akyire no mu no, mede Elam nnommum bɛsane aba, AWURADE asɛm nie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Asɛm a AWURADE nam Odiyifoɔ Yeremia so ka faa Babel ne Kaldeafoɔ asase ho nie: Monka no amanaman mu, momma wɔnte na monsi frankaa, momma wɔnte, na mommfa nsuma, monka sɛ: Wɔafa Babel, wɔakum Bel aniwuo, wɔayɛ Merodak pasaa, wɔahyɛ n’ahoni aniwuo, wɔayɛ n’abosom pasaa. Na ɔman bi firi atifi fam retu ne so sa; wɔn na wɔbɛyɛ n’asase no amamfo a obiara rentena soɔ, nnipa ne mmoa nyinaa bɛtu akɔ. Nna no mu, ne berɛ no mu no, AWURADE asɛm nie, Israel mma bɛba, wɔne Yuda mma bɛbom aba, wɔde ɔnantesu bɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn. Wɔbɛbisa Sion akyiri kwan, ɛhɔ na wɔn ani kyerɛ, aka sɛ: Mommra mma yɛnkɔfam AWURADE ho, wɔ daa apam a yɛn werɛ remfire mu. Me man adane nnwan a wɔayera, wɔn ahwɛfoɔ ama wɔafomfom kwan adanedane kɔ mmepɔ so; wɔafiri bepɔ so kɔ kokoɔ so, wɔn werɛ afiri wɔn daberɛ. Wɔn a wɔto wɔn nyinaa tete wɔn mu, na wɔn ahohiahiafoɔ ka sɛ: Yɛnni fɔ! ɛsiane sɛ wɔayɛ AWURADE, tenenee tenabea ne wɔn agyanom anidasoɔ AWURADE no bɔne. Monnwane mfiri Babel, na momfiri Kaldeafoɔ asase so nkɔ, na monyɛ sɛ mpapo a wɔdi nnwan anim. Na hwɛ, me na mɛnyane amanaman akɛseɛ asafo ama wɔafiri atifi fam asase so atu Babel so sa, na wɔatwa ne ho mpasua, ɛhɔ na wɔbɛfiri afa no; wɔn agyan te sɛ dɔmmarima a waben, ɔnsane n’akyiri kwa. Na Kaldeafoɔ bɛdane asadeɛ, wɔn a wɔbɛfom no afa nyinaa bɛmeemee, AWURADE asɛm nie. Ɛfiri sɛ mo ani gyee, na modii ahurisie, mo a mofomm m’agyapadeɛ no, na moduabo sɛ nantwiburuwa, ɛserɛ mono mu, na mosuu sɛ apɔnkɔ akunini. Mo na ani awu pa ara, mo wofoɔ anim agu ase: Hwɛ, ɔbɛyɛ amanaman mu kyirikafoɔ, ɛserɛ, nkyɛkyerɛ ne anwea pradada so. AWURADE abufuhyeɛ nti obiara rentena hɔ, na ne nyinaa bɛdane amamfo koraa; obiara a ɔtwam Babel ho no ho bɛdwiri no, na wabɔ n’amanehunu no nyinaa ho hwerɛma hwee hwee. Mommae mu ntwa nhyia Babel ho, mo a mokuntunu tadua mu nyinaa; montoto no, monnodo agyan ho, ɛfiri sɛ wayɛ AWURADE bɔne. Mommɔ ne so ose nhyia. Ɔde ne ho ama, ne nnyinasoɔ ahwehwe ase, n’afasuo adwiri, na AWURADE aweretɔ ne no. Montɔ mo were ne so, monyɛ no sɛdeɛ ɔyɛeɛ no. Montwa ogufoɔ mfiri Babel, ne deɛ ɔsɔ kantankrankyi mu twaberɛ mu no. Atirimuɔden afena no anim na wɔbɛdanedane akɔ wɔn manfoɔ mu, na wɔadwanedwane akɔ wɔn asase so. Israel yɛ odwanten a wayera a agyata apam no korɔ; akane no, Asiriahene na ɔtetee ne mu, na akyire yi, ne nnompe mpo, Babelhene Nebukadnessar abubu mu. Enti sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Hwɛ, mereba mabɛtwe Babel hene ne n’asase aso, sɛdeɛ meba bɛtwee Asiriahene no aso no, na mede Israel asane aba n’asase so, na wabɛdidi Karmel ne Basan, na ne kra amee, Efraim bɛpɔ so ne Gilead. Nna no mu, ne berɛ no mu, AWURADE asɛm nie, na wɔbɛhwehwɛ Israel amumuyɛ, nso na ɛnni hɔ, ne Yuda bɔne, na wɔrenhunu, na mede bɛfiri wɔn a memaa wɔkaeɛ no. Tu Merataim asase no ne Pekod nkurɔfoɔ no so sa. Kum wɔn, na sɛe wɔn pasaa, AWURADE asɛm nie, na yɛ sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no nyinaa. Akodie gyegyeegye ne ɔsɛeɛ kɛseɛ wɔ asase no so. Sɛdeɛ wɔasi atwitwa, na wɔabubu asase nyinaa asaeɛ no, sɛdeɛ Babel asi adane amamfo amanaman mu ne no! Masum wo fidie na ayi wo nso, Babel, na wo deɛ, woanhunu; wɔahu wo akyere wo nso, ɛfiri sɛ wo ne AWURADE na adi aperepereɛ. AWURADE ahini n’akoradeɛ dan, na wayi n’abufuhyeɛ akodeɛ, ɛfiri sɛ asafo AWURADE Nyankopɔn wɔ adwuma bi yɛ wɔ Kaldeafoɔ asase so. Momfiri ano nohoa mmra ne so, monhini n’asan, monsesa ngu hɔ sɛ ayuo akuakuo, na monsɛe no pasapasa, mommma biribiara nnka mmma no. Monkunkum n’anantwinini nyinaa; momma wɔnsiane nkɔ okum mu. Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔn da, wɔn asotwe berɛ adu. Wɔte adwanefoɔ ne wɔn a wɔafiri mu afiri Babel asase soɔ nne, na wɔbɛka AWURADE yɛn Nyankopɔn aweretɔ, n’asɔrefie ho aweretɔ wɔ Sion hɔ. Momfrɛ agyantofoɔ nkɔtoa Babel, wɔn a wɔkuntunu tadua mu nyinaa, monkyere ne ho nsraban nhyia. Mommma obiara mmfiri mu mmfi. Monsusu ne nneyɛɛ so nsi no ananmu, sɛdeɛ ɔyɛeɛ no nyinaa, monyɛ no saa ara, ɛfiri sɛ wayɛ AWURADE, Israel Kronkronni no so ahantansɛm. Enti ne mmeranteɛ bɛtotɔ ne mmorɔno so, na n’akofoɔ nyinaa bɛdwerɛ ɛda no, AWURADE asɛm nie. Ɔhantanni, hwɛ, me ne wo na anya, asafo AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ɛfiri sɛ wo da, w’asotweberɛ adu. Na ahantanni no bɛsunti ahwe ase, na obiara nni hɔ a ɔbɛma no soɔ; na masɔ ne nkuro mu gya, na ahye atwa ne ho nyinaa ahyia. Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Wɔhom Israel mma ne Yuda mma nyinaa so, na wɔsosɔɔ wɔn a wɔafa wɔn nnommum nyinaa mu, wɔmpɛ sɛ wɔgyaa wɔn. Wɔn pɔnfoɔ no nso ho yɛ den, asafo AWURADE ne ne din; die na ɔne wɔn ho asɛmpɛfoɔ no bɛdie, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wama asase no ahome, na wahyɛ Babelfoɔ ahometeɛ. Afena wɔ Kaldeafoɔ so, AWURADE asɛm nie, ne Babelfoɔ so, ne wɔn mmapɔmma ne wɔn anyansafoɔ so. Afena wɔ akɔmfoɔ atorofoɔ no so, na wɔadanedane nkwasea. Afena wɔ wɔn nnɔmmarima so, na wɔn akoma atu na wɔakunkum wɔn. Afena wɔ wɔn apɔnkɔ ne wɔn nteaseɛnam ne asraafoɔ afrafrafoɔ a wɔwɔ kuro no mu no nyinaa so, na wɔadanedane mmaa; afena wɔ n’akoradeɛ so na wɔafom afa. Ɛweɛ wɔ ne nsuo so na awewe, ɛfiri sɛ ɛyɛ ahoni asase, na wɔbobɔ abosom a ɛyɛ hu ho dam. Ɛno nti ɛserɛ so mmoa ne nkuntumpaa bɛtena hɔ, na nsohori bɛtena mu; na nnipa rentena mu da biara da, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mu biara renkyekyere bio. Sɛ Sodom ne Gomora ne ɛho nkuro a Onyankopɔn butuiɛ no, AWURADE asɛm nie, obiara biara rentena hɔ, na onipa ba biara renyɛ mu hɔhoɔ. Hwɛ, ɔman bi firi atifi fam reba na ɔman kɛseɛ bi ne ahemfo bebree bɛkanyan wɔn ho firi asase ano tɔnn. Wɔkurakura tadua ne pɛmɛ; wɔn ho yɛ den, na wɔnhunu mmɔbɔ; wɔn nne yɛ huu sɛ ɛpo, na wɔtete apɔnkɔ so asiesie wɔn ho sɛ akofoɔ, atu wo, Babel babaa, so sa. Babel hene te wɔn nka, na ne nsam ago; ahohiahia akye no, ne yea sɛ ɔbaa wofoɔ. Hwɛ, ɔforo sɛ gyata a ɔfiri Yordan kwaeɛ no mu reba tenabea a ɛwɔ hɔ daa no so, na mɛma wɔadwane afiri hɔ amonom, na deɛ mɛyi no no, ɔno na mede no bɛsi soɔ. Na hwan na ɔte sɛ me? Na hwan na ɔbɛhyia me? Na hwan ne odwanhwɛfoɔ a ɔbɛtumi agyina m’anim? Enti montie AWURADE agyina a watu no Babel ho, ne ne tirimbɔ a wabɔ no Kaldeafoɔ asase ho no, ampa ara, wɔbɛtwe wɔn sɛ nnwan mu nkumaa no akɔ; ampa ara, wɔn ho bɛyɛ wɔn tenabea ahodwiri. Ɛnne a ɛse: Wɔafa Babel! no gyegyeegye nti asase woso, wɔte agyaadwotwa amanaman mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ merehwanyan ɔsɛefoɔ honhom atia Babel ne wɔn a wɔtete nnipa a wɔne me anya no mu, na masoma nhusofoɔ akɔ Babel, na wɔahu no so, na wɔama n’asase ada mpan, ɛfiri sɛ wɔbɛtwa ne ho ahyia, ɛda bɔne no so. Deɛ ɔkuntunu ne tadua mu no, ma taduakuntunfoɔ nkuntunu ne tadua mu ntia no, ne deɛ ɔma ne ho soɔ, ne dadeɛ nkataboɔ mu no. Na monnnodo ne mmeranteɛ ho, monsɛe ne dɔm nyinaa pasapasa. Na atɔfoɔ abɛgugu Kaldeafoɔ asase so, na wɔn a wɔahwire wɔn mu agugu ne mmorɔno so. Na Israel ne Yuda Nyankopɔn, asafo AWURADE no, nnyae wɔn. Na wɔn deɛ, wɔn asase no, Israel Kronkronni no ho asodie ahyɛ so ma. Monnwane mfiri Babel mu, na mommema mo kra mfiri mu mfi, na monnnwerɛ wɔ n’amumuyɛ mu, na AWURADE aweretɔ berɛ nie, ɔretua no ne nneyɛɛ so ka. Babel yɛ AWURADE nsam sika kuruwa a ɛma asase nyinaa borɔ; amanaman anom ne nsa no bi, enti na amanaman abobɔ dam. Mpofirim na Babel ahwe aseɛ na wɔabubu no. Montwa ne ho agyaadwo, momfa ne yea ano aduro mmra, ebia wɔsa a, ɛbɛyɛ yie. Anka yɛresa Babel yadeɛ, nanso ansa. Monnya no mma yɛnkɔ yɛn nsase so, na n’atemmuo akɔduru ɔsoro, na wɔama so de akɔduru wiem tɔnn. AWURADE ayi yɛn tenenee adi; mommra mma yɛmmɛka AWURADE yɛn Nyankopɔn nneyɛe wɔ Sion. Monse agyan, monsɔ akyɛm mu! AWURADE akanyan Media ahemfo honhom, na wabɔ Babel ho atirimpɔ sɛ ɔbɛsɛe no, na AWURADE aweretɔ, n’asɔrefie aweretɔ ne no. Monsi frankaa ntia Babel afasuo, momma ɔwɛn mu nyɛ den, momfa awɛmfoɔ nsisi hɔ, monsiesie atɛfoɔ, na AWURADE dwene ne tirim, nso ɔreyɛ deɛ waka no Babelfoɔ ho no. O, wo a wote nsuo bebree soɔ a w’akoradeɛ dɔɔso no, w’awieeɛ aba, deɛ wɔasusuo a wɔbɛtwa no wo soɔ no aduru so. Asafo AWURADE aka ne ho ntam sɛ: Ampa ara, mede nnipa bɛhyɛ wo ma sɛ mmɛbɛ, na wɔabɔ wo so se. Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase de ne nyansa maa wiase timm hɔ, na ɔde ne nhunumu de ɔsoro trɛɛ hɔ. Aprannaa bom a, ɔma nsu dodoɔ ba ɔsoro, na ɔma nsuwisie tu firi asase ano nohoa; ɔyɛ anyinam ka osuo ho, ɔtu mframa firi n’adekorabea hɔnom. Nnipa nyinaa yɛ nkwaseafoɔ a wɔnni nimdeɛ, sikadwumfoɔ nyinaa ani wuwu ahoni ho, ɛfiri sɛ wɔn agudeɛ yɛ atorɔ, na ahome nni wɔn mu; wɔyɛ ahuhudeɛ nko, nnadaa adwuma, wɔn asotwe berɛ mu no, wɔbɛyera. Yakob kyɛfa nte sɛ yeinom, ɛfiri sɛ nnoɔma nyinaa yɛfoɔ ne no, na Israel ne n’agyapadeɛ abusuakuo, asafo AWURADE ne ne din. Woyɛ me asaeɛ ne akodeɛ, na mede wo mebobɔ amanaman, na mede wo mesɛesɛe ahennie; na mede wo mebobɔ ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ; na mede wo mebobɔ teaseɛnam ne mutenafoɔ; na mede wo mebobɔ ɔbarima ne ɔbaa, na mede wo mebobɔ akɔkoraa ne abɔfra, na mede wo mebobɔ aberanteɛ ne ababaa; na mede wo mebobɔ odwanhwɛfoɔ ne ne nnwankuo, na mede wo mebobɔ okuafoɔ ne n’anantwie mpamho, na mede wo mebobɔ amradofoɔ ne ɔman mpanimfoɔ. Na mɛtua Babel ne Kaldeafoɔ nyinaa nnebɔne a wɔde ayɛ Sion no nyinaa so ka, mo ani so, AWURADE asɛm nie. Hwɛ, me ne wo anya, bepɔ sɛefoɔ, AWURADE asɛm nie, wo a wosɛe asase nyinaa, wo so na matene me nsa, na mamunimuni wo afiri ɔbotan so, na mayɛ wo bepɔ a ahyeɛ. Na wɔremfa wo mu ɔboɔ a wɔde bɛto ntweasoɔ ne ɔboɔ a wɔde bɛto fapem, na mmom wobɛdane daa amamfo, AWURADE asɛm nie. Monsi asase no so frankaa, monhyɛne ntotorobɛnto amanaman mu; monsiesie amanaman nkyere ne so sa, monhyia Ararat, Mini ne Askenas ahennie ntia no. Monsi sahene ntia no, momfa apɔnkɔ mmra sɛ mmɛbɛ kuro a wɔretu. Monsiesie amanaman nkyere ne so sa, Media ahemfo, wɔn amradofoɔ ne wɔn amanpanin ne wɔn ahennie nsase nyinaa. Na asase no woso na ɛpopo, ɛfiri sɛ AWURADE tirimbɔ no ba mu, Babel ho, sɛ ɔrebɛyɛ Babel asase amamfo a obiara nte soɔ. Babel nnɔmmarima agyae ko tete wɔn aban mu, wɔn mmaninyɛ to atwa, wɔadanedane mmaa; wɔato wɔn afie mu gya, wɔabubu akyire adaban. Mmirikatuni tu mmirika hyia mmirikatuni, ɔbɔfoɔ nam hyia ɔbɔfoɔ sɛ ɔrekɔbɔ Babel hene amanneɛ, sɛ wɔafa ne kuro, tia ne tia, na wɔagye asuo atwaeɛ, na wɔde ogya ahye mmɛwa tadeɛ no, na akofoɔ no ani atane. Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Babel babaa te sɛ ayuporebea, berɛ a wɔtiatia soɔ no. Aka kakraa bi na twaberɛ aduru ama no. Babelhene Nebukadnessar atete me, wayam me, ɔde me asi hɔ sɛ adeɛ a hwee nni mu. Wamene me sɛ asuo mu bɔpɔn bi, wayɛ me nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ de me ahyɛ ne yafunu ma, wapu me agu sɛ nsuo. Atirimuɔden a wɔbɔɔ me ne me honam no, wɔmfa mmisa Babel, deɛ ɔte Sion no na ɔka saa; na me mogya ngu Kaldeafoɔ so, Yerusalem na ɔka saa. Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, meredi w’asɛm mama wo, na matɔ no were mama wo; na mama ne po no mu awo, na n’asubura awe; na Babel ayɛ akuakuo ne ɛserɛ so kraman tenabea, ahodwirideɛ ne fɛdie, na obiara rentena hɔ. Wɔn nyinaa bobom sɛ agyata, wɔpopɔ so sɛ agyata mma. Sɛ wɔn ho yɛ wɔn hye a, mɛto wɔn nsapono, na mama wɔabobo na wɔn ho asɛpɛ wɔn, na wɔada daa nna, na wɔannyane, AWURADE asɛm nie. Mɛtwe wɔn asiane sɛ nnwammaa a wɔrekɔkum wɔn, sɛ adwennini ne mpapo nyinaa. Sɛdeɛ wɔasi afa Sesak a ɛne Babel agye asase nyinaa ayeyie no! Sɛdeɛ Babel asi adane amanaman mu ahodwirideɛ! Ɛpo abɛsram Babel so, n’asorɔkyeɛ huuyɛ akata so. Ne nkuro adanedane amamfo, asase pɛsɛɛ ne anwea pradada asase a obiara nte soɔ na onipa ba biara mfa soɔ. Na mɛba mabɛtwe Bel aso, Babel hɔ, na mayi deɛ wɔamene no afiri n’anomu, na amanaman rensene nkɔ ne nkyɛn bio; Babel afasuo nso ahwe ase. Me man, momfiri adi mfiri ne mu, na monnyegye mo kra mfiri AWURADE abufuo mu gya no ano. Nso mommma mo akoma nntu, na monnsuro akwansosɛm a wɔbɛte no asase soɔ no ho, na akwansosɛm bɛba afe bi so, na ɛno akyi afe no, akwansosɛm foforɔ bɛba: Sɛ nhyɛsoɔ wɔ asase no so, na deɛ ɔdi tumi sɔre tia deɛ ɔdi tumi. Ɛno nti hwɛ, nna bi reba a mɛba mabɛbu Babel ahoni no atɛn, na n’asase nyinaa ani awu, na n’atɔfoɔ nyinaa ahwehwe ase wɔ so. Na ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwom nyinaa bɛto Babel no ahurisie dwom, na asɛefoɔ bɛfiri atifi fam aba ne so, AWURADE asɛm nie. Babel nso, sɛdeɛ wɔmaa Israel atɔfoɔ hwehwee aseɛ no, saa ara na Babel nso asase nyinaa so atɔfoɔ bɛhwehwe aseɛ. Mo a moafiri mu afiri afena ano no, monnante nkɔ, monnnyina! Momfiri akyirikyiri nkae AWURADE, Yerusalem nso mmra mo akoma mu. Yɛn ani awuwu, na yɛate nsopa, ahohora akata yɛn anim, ɛfiri sɛ ananafoɔ aba AWURADE fie akronkronneɛ no. Ɛno nti, hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛba mabɛbu n’ahoni no atɛn, na atɔfoɔ bɛpenepene n’asase nyinaa so. Sɛ Babel foro kɔ ɔsoro mpo, na sɛ ɔhyɛ n’aban a ɛkorɔn mu den sɛn ara a, me nkyɛn ara na asɛefoɔ bɛfiri aba ne soɔ, AWURADE asɛm nie. Wɔte nteamu firi Babel ne agyaadwo kɛseɛ firi Kaldeafoɔ asase so. Na AWURADE resɛe Babel, na wama gyegyeegye kɛseɛ no ayera wɔ mu. Na wɔn asorɔkyeɛ yɛ huu sɛ nsuo bebree, wɔn nne hooyɛ gyegye. Na ɔsɛefoɔ ba ɔno Babel so, na wɔkyekyere ne nnɔmmarima, wɔbubu wɔn tadua mu, ɛfiri sɛ ananmuhyɛ Nyankopɔn ne AWURADE, tua nso na ɔtua ka. Na mɛma ne mmapɔmma ne n’anyansafoɔ ne n’amradofoɔ ne ne man mpanimfoɔ ne ne nnɔmmarima abobo, na wɔadeda daa nna a wɔrennyane, ɔhene a ne din ne asafo AWURADE no asɛm nie. Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Babel afasuo a atrɛ tɛtrɛɛ no, wɔbɛdwiridwiri ama aseɛ ada hɔ petee, na kuro ano apono a ɛkorɔn no, wɔde ogya bɛhye, na aman adwuma a wɔyɛeɛ no ayɛ hunu, na ogya ahye deɛ nkurɔfoɔ dodoɔ abrɛ ho no. Asɛm a Odiyifoɔ Yeremia de hyɛɛ Mahseia ba Neria ba Seraia ano, ɛberɛ a ɔne Yudahene Sedekia kɔɔ Babel, afe a ɛtɔ so nnan no mu; nso na Seraia di apiafohene. Na Yeremia twerɛɛ mmusuo a ɛbɛba Babel soɔ no hyɛɛ nwoma baako mu, nsɛm a wɔatwerɛ no Babel ho yi nyinaa. Na Yeremia ka kyerɛɛ Seraia sɛ: Sɛ woduru Babel a, hwɛ na kenkan nsɛm yi nyinaa, na ka sɛ: AWURADE, wo na woakasa atia ha yi sɛ wobɛtutu, a obiara rentena mu, ɛfiri nnipa so kɔsi afieboa so, na adane daa amamfo ara nko! Na sɛ wowie nwoma yi kenkan a, wode ɔboɔ akyekyere ho, na woato atwene Eufrate mu aka sɛ: Saa ara na Babel bɛmem a ɛrensɔre bio, mmusuo a mede mereba soɔ no nyinaa nti, na wɔawie sa. Ɛha na Yeremia nsɛm no pem.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sedekia dii mfeɛ aduonu baako na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dubaako wɔ Yerusalem, na ne na din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia ba a ɔfiri Libna. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛdeɛ Yehoiakim yɛeɛ no ara. Na AWURADE abufuo nti, ɔtoo Yerusalem ne Yuda firii n’anim guiɛ. Na Sedekia tee Babel hene anim atua. Na n’ahennie afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du, da a ɛtɔ so du no, Babelhene Nebukadnessar, ɔno ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem so bɛkyeree so nsraban, na wɔtotoo ho epie hyiae. Na wɔtuaa kuro no kɔsii Ɔhene Sedekia afe a ɛtɔ so dubaako no mu. Bosome a ɛtɔ so nnan, da a ɛtɔ so nkron no, ɛkɔm no mu yɛɛ den kuro no mu, na aduane biara nni hɔ ma asase no so nkurɔfoɔ no. Ɛnna wɔtuu kuro no fasuo mu hyɛnee mu, na mmarima akofoɔ no nyinaa dwane firii kuro no mu anadwo faa ɔponkɛseɛ no mu, afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene turo ho no ntam kɔe, nso na Kaldeafoɔ atwa kuro no ho ahyia, na wɔfaa Yordan bonhwa kwan so kɔe. Na Kaldeafoɔ dɔm tii ɔhene no, na wɔkɔtoo no Yeriko mpaperɛ so, na ne dɔm nyinaa firii ne ho petee. Na wɔkyeree ɔhene no de no kɔmaa Babel hene wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase soɔ no, na ɔbuu no atɛn. Na Babel hene kumm Sedekia mmammarima n’anim, na ɔkunkumm Yuda mmapɔmma nyinaa nso wɔ Ribla. Na ɔbɔɔ Sedekia ani, na ɔmaa wɔguu no kɔbere mfrafraeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu, na Babel hene de no kɔɔ Babel, na ɔde no hyɛɛ awɛmfoɔ dan mu kɔsii ne wuda. Na bosome a ɛtɔ so nnum, da a ɛtɔ so du a ɛne Babelhene Nebukadnessar afe a ɛtɔ so dunkron no mu, na Ankɔbeahene Nebusaradan a ɔgyina Babel hene anim no baa Yerusalem, na ɔbɛhyee AWURADE fie ne ɔhene fie ne Yerusalem afie nyinaa, afie akɛseɛ nyinaa, ɔde ogya hyee. Na Kaldeafoɔ dɔm a wɔne ankɔbeahene baeɛ no nyinaa dwirii Yerusalem afasuo no nyinaa hyiae. Na ɔman no mu ahiafoɔ no mu bi ne nkurɔfoɔ no nkaeɛ a wɔkaa kuro no mu, ne awaefoɔ a wɔwae kɔɔ Babel hene nkyɛn no, nkurɔfoɔ yuu no mu nkaeɛ no, Ankɔbeahene Nebusaradan tuu wɔn kɔe. Nanso Ankɔbeahene Nebusaradan gyaa asase no so ahiafoɔ no bi, sɛ wɔnyɛ bobeyɛfoɔ ne akuafoɔ. Na kɔbere mfrafraeɛ adum a ɛwowɔ AWURADE fie ne nsugyeɛ nnaka ne kɔbere mfrafraeɛ po a ɛwɔ AWURADE fie no, Kaldeafoɔ no bubuu mu, na wɔsoaa kɔbere mfrafraeɛ no nyinaa kɔɔ Babel. Na nsenaa ne sesa adeɛ ne adumgya ne nkoraa ne nyowaa ne kɔbere mfrafraeɛ nnoɔma a wɔde yɛ ɔsom adwuma no nyinaa, wɔfae, na nyaawa ne nsramma kukuwa, ne nkoraa ne nsenaa ne kanea nnua ne nyowaa ne nkuruwa no, deɛ ɛyɛ sika no sika ne deɛ ɛyɛ dwetɛ no dwetɛ, ankɔbeahene no fa kɔe. Adum mmienu no, ɛpo baako no, kɔbere mfrafraeɛ anantwie dummienu a ɛwɔ aseɛ no, nsugyeɛ nnaka a Ɔhene Salomo yɛ maa AWURADE fie no, nnoɔma yi nyinaa kɔbere mfrafraeɛ no, wɔantumi ankari. Adum no, baako korɔn yɛ basafa nkron, na basafa nsia homa twa ho hyia, na emu pipiripie yɛ nsateaa nnan, na ɔkwan da mu. Na ɛso duntire nso yɛ kɔbere mfrafraeɛ, na oduntire no korɔn yɛ basafa mmienu ne fa, na ntentan ne atoaa aba wowɔ oduntire no ho hyia, ne nyinaa yɛ kɔbere mfrafraeɛ, na odum a ɛtɔ so mmienu no ho wɔ ɛno ara bi ne atoaa aba. Na atoaa aba a ɛsensɛne mframa ano no yɛ aduɔkron nsia, na atoaa aba a ɛwowɔ ntentan no ho hyia no nyinaa yɛ ɔha. Na ankɔbeahene no faa ɔsɔfoɔ titire Seraia ne ɔsɔfoɔ a ɔdi soɔ Sefania ne apono ano ahwɛfoɔ baasa, na kuro no mu nso, ɔfaa opiani baako a wɔde no asi akofoɔ no soɔ, ne wɔn a wɔne ɔhene tu agyina no mu mmarima baason a ɔhunuu wɔn kuro no mu, ne ɔsahene a ɔpɔn asase no so nkurɔfoɔ kɔ ɔsa no twerɛfoɔ, ne asase no so nkurɔfoɔ mu mmarima aduosia a ɔhunuu wɔn kuro no mu no, na Ankɔbeahene Nebusaradan faa wɔn de wɔn kɔɔ Babel hene nkyɛn wɔ Ribla. Na Babel hene no bobɔɔ wɔn kunkumm wɔn Ribla a ɛwɔ Hamat asase soɔ no. Saa na wɔtuu Yuda firii n’asase so kɔeɛ. Yei ne ɔman no mu nnipa dodoɔ a Nebukadnessar tuu wɔn kɔeɛ no, afe a ɛtɔ so nson no mu no, Yudafoɔ mpensa aduonu mmiɛnsa; Nebukadnessar afe a ɛtɔ so dunwɔtwe no mu no, Yerusalem nnipa ahanwɔtwe aduasa mmienu; Nebukadnessar afe a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no mu no, Ankɔbeahene Nebusaradan tuu Yudafoɔ ahanson aduanan nnum kɔe, nnipa no nyinaa yɛ mpemnan ahansia. Na Yudahene Yehoiakyin tukorɔ so afe a ɛtɔ so aduasa nson mu, bosome a ɛtɔ so dummienu, da a ɛtɔ so aduonu nnum no, Babelhene Ewil-merodak, afe a ɔbɛdii mu hene no, ɔmaa Yudahene Yehoiakyin tiri so, na ɔyii no firii nneduafoɔ dan mu, na ɔne no kasaa kasa pa, na ɔmaa n’adwa kyɛnee ahemfo a wɔne no wɔ Babel no adwa nyinaa. Na ɔmaa no yii ne duamda ntadeɛ no, na ɔdidii wɔ n’anim daa daa, ne nkwa nna nyinaa. Na deɛ wɔde ato hɔ sɛ wɔmma no daa no, a ɛfiri ɔhene nkyɛn na wɔde ma no, ɛda biara ne ne deɛ, wɔde maa no ne nkwa nna nyinaa de kɔsii ne wuda.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Adam, Set, Enos, Kenan, Mahalalel, Yared, Hanok, Metusela, Lamek, Noa, Sem, Ham ne Yafet. Yafet mma ne: Gomer, Magog, Madai, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras. Gomer mma ne: Askenas, Difat ne Togarma. Na Yawan mma ne: Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim. Ham mma ne: Kus, Misraim, Put ne Kanaan. Na Kus mma ne: Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama mma ne: Seba ne Dedan. Na Kus woo Nimrod, ɔno na ɔfirii aseɛ yɛɛ otumfoɔ asase soɔ. Na Misraim woo Ludfoɔ, Anamfoɔ, Lehabfoɔ, Naftuhfoɔ, Patrusfoɔ, Kasluhfoɔ a Filistifoɔ firi wɔn mu ne Kaftorfoɔ. Na Kanaan woo n’abakan Sidon, Het, Yebusini, Amorini, Girgasini, Hiwini, Arkini, Sinini, Arwadni, Semarini ne Hamatni. Sem mma ne: Elam, Asur, Arfaksad, Lud, Aram, Us, Hul, Geter ne Mesek. Na Arfaksad woo Sela, na Sela woo Eber. Na wɔwoo mma baanu maa Eber, ɔbaako din de Peleg, (na ne berɛ so na asase mu teteeɛ). Na ne nua din de Yoktan. Na Yoktan woo Almodad, Selef, Hasarmawet, Yera Hadoram, Usal, Dikla, Ebal, Abimael, Seba, Ofir, Hawila ne Yobab. Yeinom nyinaa ne Yoktan mma. Sem, Arfaksad, Sela, Eber, Peleg, Reu, Serug, Nahor, Tera, Abram, anaa Abraham. Abraham mma ne: Isak ne Ismael. Yeinom ne wɔn awoɔ ntoatoasoɔ: Ismael abakan Nebaiot; ne Kedar, Adbeel, Mibsam, Misma, Duma, Masa, Hadad, Tema, Yetur, Nafis ne Kedema. Yeinom ne Ismael mma. Na Abraham mpena Ketura mma: Ɔwoo Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua. Na Yoksan mma ne: Seba ne Dedan. Na Midian mma ne: Efa, Efer, Hanok, Abida ne Eldaa. Yeinom nyinaa ne Ketura mma. Na Abraham woo Isak. Na Isak mma ne: Esau ne Israel. Esau mma ne: Elifas, Reuel, Yeus, Yalam ne Kora. Elifas mma ne: Teman, Omar, Sefi, Gatam, Kenas, Timna ne Amalek. Reuel mma ne: Nahat, Sera, Sama ne Misa. Na Seir mma ne: Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, Dison, Eser ne Disan. Na Lotan mma ne: Hori ne Homam. Na Lotan nuabaa ne Timna. Sobal mma ne: Alian, Manahat, Ebal, Sefi ne Onam. Na Sibeon mma ne: Aya ne Ana. Ana mma ne: Dison. Na Dison mma ne: Hamran, Esban, Yitran ne Keran. Eser mma ne: Bilhan ne Saawan ne Yaakan. Dison mma ne: Us ne Aran. Na yeinom ne ahemfo a wɔdii Edom asase soɔ ansa na obi redi Israel mma so hene: Beor ba Bela, na ne kuro din de Dinhaba. Bela wui, na Sera ba Yobab a ɔfirii Bosra bɛdii n’adeɛ. Yobab wui, na Husam a ɔfiri Teman asase soɔ bɛdii n’adeɛ. Husam wui, na Bedad ba Hadad a ɔkum Midian, a ɛwɔ Moab no bɛdii n’adeɛ. Na ne kuro din de Awit. Hadad wui na Samla a ɔfiri Masreka bɛdii n’adeɛ. Samla wui, na Saulo a ɔfiri Rehobot a ɛda asuo ho bɛdii n’adeɛ. Na Saulo wui, na Akbor ba Baal-hanan bɛdii n’adeɛ. Baal-hanan wui, na Hadad bɛdii n’adeɛ. Na ne kuro din de Pai, na ne yere din de Mehetabel a ɔyɛ Matred ba Me-sahab babaa. Na Hadad wui. Na Edom atitire nie: Otitire Timna, Otitire Alia, Otitire Yetet, Otitire Oholibama, Otitire Ela, Otitire Pinon, Otitire Kenas, Otitire Teman, Otitire Mibsar, Otitire Magdiel, Otitire Iram. Yeinom ne Edom atitire.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yeinom ne Israel mma: Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Sebulon, Dan, Yosef, Benyamin, Naftali, Gad ne Aser. Yuda mma ne: Er, Onan ne Sela. Baasa yi na Kanaanni Sua babaa wo maa no. Na Yuda abakan Er yɛɛ AWURADE anim bɔne, na ɔkumm no. Na n’ase Tamar woo Peres ne Sera maa no. Na Yuda mma nyinaa yɛ baanum. Peres mma ne: Hesron ne Hamul. Na Sera mma ne: Simri, Etan, Heman, Kalkol ne Dara, wɔn nyinaa yɛ baanum. Na Karmi mma ne: Israel hawfoɔ Akar a ɔfom ahyiradeɛ mu no. Na Etan ba ne: Asaria. Na Hesron mma a wɔwoo wɔn maa no ne: Yerahmeel ne Ram ne Kelubai. Na Ram woo Aminadab, na Aminadab woo Nahson, Yuda mma bapɔmma no, na Nahson woo Salma, na Salma woo Boas, na Boas woo Obed, na Obed woo Yisai. Na Yisai woo n’abakan Eliab ne Abinadab a ɔtɔ so mmienu ne Sima a ɔtɔ so mmiɛnsa, Netanel tɔ so nnan, Radai tɔ so nnum, Osem tɔ so nsia, Dawid tɔ so nson. Na wɔn nua mmaanom ne Seruia ne Abigail; na Seruia mma ne Abisai, Yoab ne Asa-el. Wɔyɛ baasa. Na Abigail woo Amasa, na Amasa n’agya ne Ismaelni Yeter. Na Hesron ba Kaleb ne ne yere Asuba, ne Yeriot woe; na ne mma nie: Yeser, Sobab ne Ardon. Na Asuba wui, na Kaleb faa Efrat waree, na ɔwoo Hur maa no. Na Hur woo Uri, na Uri woo Besalel. Na akyire yi no Hesron kɔɔ Makir a ɔyɛ Gilead n’agya babaa ho, na ɔwaree no, nso na wadi mfirinhyia aduosia, na ɔwoo Segub maa no, na Segub woo Yair, ɔno na Gilead asase so nkuro aduonu mmiɛnsa yɛɛ ne dea. Na Gesur ne Aram gyee Yair atenaeɛ no firii wɔn nsam, Kenat ne ɛho nkurowa, ɛyɛ nkuro aduosia. Yeinom nyinaa yɛ Gilead n’agya Makir mma. Na Hesron wuu wɔ Kaleb-Efrata akyiri no, Hesron yere Abia woo Ashur a ɔyɛ Tekoa n’agya maa no. Na Hesron abakan Yerahmeel mma ne: Abakan Ram, Buna, Oren Osem ne Ahia. Na Yerahmeel wɔ yere foforɔ bi a ne din de Atara, ɔne Onam ne na. Na Yerahmeel abakan Ram mma ne: Maas, Yamin ne Eker. Na Onam mma ne: Samai ne Yada. Na Samai mma ne: Nadab ne Abisur. Na Abisur yere din de Abihail, na ɔwoo Ahban ne Molid maa no. Na Nadab mma ne: Seled ne Apaim, na Seled wui a wannya mma. Na Apaim ba ne: Yisi. Na Yisi ba ne: Sesan. Na Sesan ba ne: Ahlai. Na Samai nua Yada mma ne: Yeter ne Yonatan. Na Yeter wui a wannya mma. Na Yonatan mma ne: Pelet ne Sasa. Yeinom ne Yerahmeel mma. Na Sesan nni mmammarima gye sɛ mmammaa. Na Sesan wɔ akoa Misraimni bi a ne din de Yarha. Na Sesan de ne babaa maa n’akoa Yarha awareɛ, na ɔwoo Atai maa no. Na Atai woo Natan, na Natan woo Sabad. Na Sabad woo Eflal, na Eflal woo Obed, na Obed woo Yehu, na Yehu woo Asaria, na Asaria woo Heles, na Heles woo Eleasa, na Eleasa woo Sisemai, na Sisemai woo Salum, na Salum woo Yekamia, na Yekamia woo Elisama. Na Yerahmeel nua Kaleb mma ne: N’abakan Mesa a ɔne Sif agya ne Hebron agya Maresa mma. Na Hebron mma ne: Kora ne Tapua ne Rekem ne Sema. Na Sema woo Raham, Yorkeam agya. Na Rekem woo Samai. Na Samai ba ne Maon. Na Maon yɛ Bet-sur agya. Na Kaleb mpena Efa woo Haran ne Mosa ne Gases. Na Haran woo Gases. Na Yahdai mma ne: Regem ne Yotam ne Gesan ne Pelet ne Efa ne Saaf. Na Kaleb mpena Maaka woo Seber ne Tirhana, na ɔwoo Saaf a ɔyɛ Madmana n’agya, Sewa a ɔyɛ Makbena n’agya, ne Gibea n’agya. Na Kaleb babaa ne Aksa. Yeinom ne Kaleb mma. Efrata abakan Hur mma ne: Sobal, Kiriat-yearim a ɔyɛ n’agya, Salma a ɔyɛ Betlehem n’agya, Haref a ɔyɛ Bet-gader n’agya. Na Sobal a ɔyɛ Kiriat-yearim n’agya wɔ mma, wɔne Haroe ne Menuhotfoɔ wɔ afa. Na Kiriat-yearim mmusua ne Yitrifoɔ ne Putifoɔ ne Sumatifoɔ ne Misraimfoɔ deɛ no, yeinom mu na Sorafoɔ ne Estaolfoɔ fire. Salma mma ne: Betlehem ne Netofafoɔ Atrot-bet-yoab ne Manahatfoɔ fa ne Sorifoɔ no ne atwerɛfoɔ mmusua a wɔte Yabes no: Tirafoɔ, Simeafoɔ, Sukafoɔ. Wɔne Kinifoɔ a wɔyɛ Hamat a ɔyɛ Rekab fie agya no asefoɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yeinom ne Dawid mma a wɔwoo wɔn maa no Hebron: N’abakan Amnon ne Yesreelni Ahinoam ba. Deɛ ɔtɔ so mmienu ne Daniel a ɔyɛ Karmelni Abigail deɛ. Deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne Absalom a ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa Maaka ba. Deɛ ɔtɔ so nnan ne Adoniya a ɔyɛ Hagit ba. Deɛ ɔtɔ so nnum ne Sefatia a ɔyɛ Abital ba. Deɛ ɔtɔ so nsia ne Yitream a ɔyɛ ne yere Egla ba. Hebron na wɔwoo baasia maa no, na ɔdii hɔ hene mfeɛ nson ne abosome nsia na ɔdii mfeɛ aduasa mmiɛnsa Yerusalem. Na yeinom na wɔwoo wɔn maa no wɔ Yerusalem: Simea, Sobab, Natan ne Salomo, baanan yi yɛ Amiel babaa Bat-sua deɛ no; ne Yibhar, Elisama, Elifelet, Noga, Nefeg, Yafia, Elisama, Eliada ne Elifelet, wɔyɛ baakron, wɔn nyinaa Dawid mma, ɛsono mpenafoɔ mma. Na Tamar yɛ wɔn nuabaa. Na Salomo ba ne Rehoboam, ne ba ne Abia, ne ba Asa, ne ba Yehosafat, ne ba Yoram, ne ba Ahasia, ne ba Yoas, ne ba Amasia, ne ba Asaria, ne ba Yotam, ne ba Ahas, ne ba Hesekia, ne ba Manase, ne ba Amon, ne ba Yosia. Na Yosia mma ne: N’abakan Yohanan, Yehoiakim a ɔtɔ so mmienu, Sedekia tɔ so mmiɛnsa, Salum tɔ so nnan. Na Yehoiakim mma ne: Ne ba Yekonia, ne ba Sedekia. Na Yekonia mma ne: Asir, ne ba Sealtiel, ne Malkiram, Pedaia, Senasar, Yekamia, Hosama, ne Nedabia. Na Pedaia mma ne: Serubabel ne Simei. Na Serubabel mma ne: Mesulam, Hanania ne wɔn nuabaa Selomit; ne Hasuba, ne Ohel, ne Berekia ne Hasadia, Yusab-Hesed, wɔyɛ baanum. Na Hanania mma ne: Pelatia ne Yesaia, Refaia mma, Arnan mma, Obadia mma, Sekania mma. Na Sekania mma ne: Semaia; Semaia mma ne: Hatus, Yigal, Baria, Nearia ne Safat, wɔyɛ baasia. Na Nearia mma ne: Elioenai, Hiskia ne Asrikam, wɔyɛ baasa. Na Elioenai mma ne: Hodawia, Eliasib, Pelaia, Akub, Yohanan, Delaia ne Anani, wɔyɛ baason.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yuda mma ne: Peres, Hesron, Karmi, Hur ne Sobal. Na Sobal ba Reaia woo Yahat, na Yahat woo Ahumai ne Lahad, yeinom ne Sorafoɔ mmusua. Na yeinom ne Etam agya deɛ: Yesreel ne Yisma ne Yidbas, na wɔn nua din de Haslelponi; ne Penuel a ɔyɛ Gedor agya ne Eser a ɔyɛ Husa agya, yeinom ne Betlehem agya Efrata abakan Hur mma. Na Ashur a ɔyɛ Tekoa agya wɔ yerenom baanu, Hela ne Naara. Na Naara woo Ahusam, Hefer, Temeni ne Ahastari maa no. Yeinom ne Naara mma. Na Hela mma ne: Seret, Yesohar ne Etnan. Na Kos woo Anub, Sobeba ne Aharhel Harum ba mmusua. Na Yabes nyaa animuonyam sene ne nuanom; na ne na too no din Yabes, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: Mede yea na ɛwoo no. Na Yabes frɛɛ Israel Nyankopɔn sɛ: Sɛ anka worehyira me na woatrɛ me hyeɛ mu na wo nsa adi m’akyi na woamma bɔne bi ammɛyɛ me na yea bi ammɛka me ɛ! Na Onyankopɔn maa deɛ ɔsrɛɛ no baa mu. Na Kelub, Suha nua, woo Mehir a ɔne Eston agya. Na Eston woo Bet-rafa, Pasea ne Tehina, Ir-Nahas agya; yeinom ne Reka nkurɔfoɔ. Na Kenas mma ne: Otniel ne Seraia; na Otniel mma ne: Hatat. Na Meonotai woo Ofra. Na Seraia woo Yoab, Ge-harasim agya, ɛfiri sɛ na wɔyɛ adwumfoɔ. Na Yefune ba Kaleb mma ne: Iru, Ela ne Naam; na Ela ba ne: Kenas. Na Yehalelel mma ne: Sif ne Sifa, Tiria ne Asarel. Na Esra mma ne: Yeter, Mered, Efer ne Yalon; na Mered yere woo Miriam, Samai ne Yisba a na ɔyɛ Estemoa agya. Na ne yere a ɔyɛ Yudani woo Yered a ɔyɛ Gedor agya ne Heber a ɔyɛ Soko agya ne Yekutiel a ɔyɛ Sanoa agya. Na yeinom ne Farao babaa Bitia a Mered waree no no mma. Na Hodia yere a ɔyɛ Naham nuabaa mma ne: Garmini Keila agya ne Maakani Estemoa agya. Na Simon mma ne: Amnon ne Rina, Ben-hanan ne Tilon. Na Yisi mma ne: Sohet ne Ben-sohet. Yuda ba Sela mma nie: Er a ɔyɛ Leka agya ne Lada a ɔyɛ Maresa agya ne Bet-asbea nwera adwumfoɔ mmusua, ne Yokim ne Koseba mmarima ne Yoas ne Saraf a wɔyɛ efiewuranom, Moab ne Yasubi-Lehem; (na nsɛm yi yɛ adada). Wɔn ne nkukunwomfoɔ ne wɔn a wɔte Netaim ne Gedera wɔ ɔhene nkyɛn, n’adwumam hɔ na wɔteɛ. Simeon mma ne: Nemuel ne Yamin, Yarib, Sera ne Saulo; ne ba Salum, ne ba Mibsam, ne ba Misma. Na Misma mma ne: Ne ba Hamuel, ne ba Sakur, ne ba Simei. Na Simei wɔ mmammarima dunsia ne mmabaa nsia; na ne nuanom nni mma bebree, na wɔn abusua nyinaa ase ankyene sɛ Yuda mma. Na wɔtenaa Beer-seba, Molada, Hasar- saulo, Bilha, Esem, Tolad, Betuel, Horma, Siklag, Bet-markabot, Hasar-susim, Bet-biri ne Saaraim. Yeinom ne wɔn nkuro bɛduruu Dawid ahennie so. Na wɔn nkuraa ne Etam, Ain, Rimon, Token ne Asan, nkuro nnum, ne wɔn nkuraa a ɛwowɔ nkuro yi nyinaa ho de kɔsii Baal. Yei ne wɔn tenabea ahodoɔ ne wɔn mmusua nkaneeɛ. Na Mesobab, Yamlek, Amasia ba Yosa, Yoel ne Asiel ba Seraia ba Yosibia ba Yehu, ne Elioenai, Yaakoba, Yesohaia, Asaia, Adiel, Yesimiel, Benaia, ne Semaia ba, Simri ba, Yedaia ba, Alon ba, Sifi ba Sisa, yeinom a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ wɔn mmusua mu mmapɔmma, na wɔn mpanimfie trɛɛ pii pa ara. Na wɔsii mu kɔɔ deɛ wɔnam kɔ Gedor, bonhwa no apueeɛ fam sɛ wɔrekɔhwehwɛ adidibea ama wɔn nnwan. Na wɔhunuu adidibea frɔmfrɔm a ɛyɛ, na asase no mu trɛ tɛtrɛɛ, na ɛso dwo komm; na wɔn a wɔtete hɔ kane no firi Ham. Ɛnna yeinom a wɔatwerɛ wɔn din no kɔeɛ, Yudahene Hesekia berɛ so, kɔtoaa Maonfoɔ a wɔhunuu wɔn hɔ no ne wɔn ntomadan, na wɔsɛee wɔn pasapasa de bɛsi nnɛ, na wɔtenatenaa wɔn ananmu, ɛfiri sɛ na adidibea wɔ hɔ ma wɔn nnwan. Na Simeon mma no ara mu mmarima ahanum firii wɔn mu sii mu kɔɔ Seir bepɔ so, na Pelatia ne Nearia ne Refaia ne Usiel a wɔyɛ Yisi mma di wɔn anim. Na wɔkɔkunkum Amalek adwanefoɔ no nkaeɛ, na wɔtenaa hɔ de bɛsi nnɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Israel abakan Ruben mma, (na anka ɔno ne abakan deɛ, nanso ɛnam sɛ ɔne n’agya mpena daeɛ nti, wɔde n’abakanyɛ maa Israel ba Yosef mma no, nanso wɔantwerɛ wɔn abakanyɛ anatoɔ mu. Na Yuda ho yɛ den ne nuanom mu, na ɔbapɔmma firii ne mu deɛ, nanso abakanyɛ no danee Yosef deɛ), Ruben, Israel abakan no mma ne: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi. Yoel mma ne: Ne ba Semaia, ne ba Gog, ne ba Simei, ne ba Mika, ne ba Reaia, ne ba Baal, ne ba Beera a Asiriahene Tilgat-pilneser tuu no kɔeɛ no; ɔno ne Rubenfoɔ bapɔmma. Na ne nuanom, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ wɔn awoɔ ahodoɔ so anatoɔ mu ne: Otitire Yeiel ne Sakaria, ne Yoel ba Sema ba Asas ba Bela a ɔtenaa Aroer de kɔsii Nebo ne Baal-meon ho. Na apueeɛ fam nso ɔtena de kɔsii anwea pradada so a ɛfiri Eufrate asubɔnten ano; na wɔn mmoakuo dɔɔso Gilead asase so. Na Saulo nna mu no, wɔne Hagarfoɔ a wɔtotɔɔ wɔn nsa ano dii ako, na wɔtenatenaa wɔn ntomadan mu Gilead apueeɛ fam nyinaa. Na Gad mma tenaa wɔn ntentensoɔ, Basan asase so de kɔduruu Saleka: Yoel ne panin, na Safam di hɔ, ne Yanai ne Safat wɔ Basan. Na wɔn nuanom sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ ne: Mikael, Mesulam, Seba, Yorai, Yakan, Sia ne Eber, wɔyɛ baason. Yeinom ne Bus ba, Yahdo ba, Yesisai ba, Mikael ba, Gilead ba, Yaroa ba, Huri ba, Abihail mma; Guni ba, Abdiel ba, Ahi di wɔn mpanimfie so panin. Na wɔtenaa Gilead a ɛwɔ Basan ne ɛso nkurowa mu ne Saron nkuraa nyinaa mu, deɛ wɔn hyeɛ kɔsoeɛ. Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa anatoɔ Yudahene Yotam berɛ so ne Israelhene Yeroboam nna mu. Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no, nnipa a wɔtumi wɔn ho mu mmarima a wɔkura akyɛm ne nkrantɛ, na wɔkuntunu tadua na wɔasua akodie no yɛ nnipa mpem aduanan nnan ne ahanson aduosia a wɔtumi kɔ ɔsa. Na Hagarfoɔ, Yetur, Nafis ne Nodab dii ako, na wɔnyaa mmoa faa wɔn so, na wɔde Hagarfoɔ ne wɔn a wɔka wɔn ho no nyinaa hyɛɛ wɔn nsa, ɛfiri sɛ wɔteaa mu frɛɛ Onyankopɔn ɔko no mu, na ɔtiee wɔn, ɛnam sɛ wɔn ani da ne soɔ nti. Na wɔsoaa wɔn mmoakuo no, wɔn yoma mpemnum ne nnwan mpemahanu aduonum, ne mfunumu mpemmienu ne nnipa mpemha, nnommum. Na apirafoɔ pii totɔe, na Nyankopɔn nkyɛn na ɛdɔm no firi baeɛ. Na wɔtenatenaa wɔn ananmu de kɔsii otukorɔ no mu. Na Manase abusuakuo fa no mma tenaa asase no so firii Basan de kɔsii Baal-hermon ne Senir ne Hermon bepɔ ho; na wɔdɔɔso. Na yeinom ne wɔn mpanimfie atitire: Efer, Yisi, Eliel, Asriel, Yeremia, Hodawia ne Yahdiel, nnɔmmarima a wɔtumi wɔn ho, nnipa a wɔwɔ din, wɔn mpanimfie so atitire. Na wɔfom wɔn agyanom Nyankopɔn, na wɔkɔdii asase no so aman a Onyankopɔn sɛee wɔn wɔn anim no anyame akyi adwamammɔ mu. Ɛnna Israel Nyankopɔn hwanyan Asiriahene Pul ne Asiriahene Tilgat-pilneser honhom, na ɔtuu Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no de wɔn kɔduaa Hala, Habor, Hara ne Gosan asubɔnten ho de bɛsi nnɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Lewi mma ne: Gerson, Kehat ne Merari. Na Kehat mma ne: Amram, Yishar ne Hebron ne Usiel. Na Amram mma ne: Aaron, Mose ne Miriam. Na Aaron mma ne: Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar. Eleasa woo Pinehas. Pinehas woo Abisua, na Abisua woo Buki, na Buki woo Usi, na Usi woo Seraia, na Seraia woo Meraiot. Meraiot woo Amaria, na Amaria woo Ahitub, na Ahitub woo Sadok, na Sadok woo Ahimaas, na Ahimaas woo Asaria, na Asaria woo Yohanan, na Yohanan woo Asaria. (Ɔno na ɔdii sɔfoɔ wɔ asɔredan a Salomo sii no Yerusalem no mu). Na Asaria woo Amaria, na Amaria woo Ahitub, na Ahitub woo Sadok, na Sadok woo Salum, na Salum woo Hilkia, na Hilkia woo Asaria, na Asaria woo Seraia, na Seraia woo Yehosadak. Na Yehosadak deɛ, AWURADE maa Nebukadnessar so maa no bɛtuu Yuda ne Yerusalem kɔeɛ no, ɔkɔɔ bi. Lewi mma: Gersom, Kehat ne Merari. Na yeinom ne Gersom mma din: Libni ne Simei. Na Kehat mma ne: Amram, Yishar, Hebron ne Usiel. Merari mma ne: Mahli ne Musi. Na yeinom ne Lewifoɔ mmusua, sɛdeɛ wɔn agyanom teɛ no: Gersom deɛ ne: Libni, Yahat, Sima, Yoa, Ido, Sera, ne Yeaterai. Kehat deɛ ne: Aminadab, Kora, Asir, Elkana ne ne ba, Ebiasaf ne ne ba Asir, ne ba Tahat, ne ba Uriel, ne ba Usia ne ne ba Saulo. Na Elkana mma ne: Amasai ne Ahimot, ne ba Elkana, ne ba Elkana- sofai ne ne ba Nahat, ne ba Eliab, ne ba Yeroham, ne ba Elkana. Na Samuel mma ne: Abakan Yoel, ne Abiya deɛ ɔtɔ so mmienu. Merari deɛ ne: Mahli, ne ba Libni, ne ba Simei, ne ba Usa, ne ba Sima, ne ba Hagia, ne ba Asaia. Na yeinom ne wɔn a Dawid de sisii AWURADE fie dwontoɔ som soɔ, firi berɛ a adaka no nyaa ahomeeɛ no, na wɔyeyɛɛ dwom mu asomfo ahyiaeɛ ntomadan no tenabea no anim de kɔsii sɛ Salomo sii AWURADE fie no Yerusalem, na wɔgyinagyinaa wɔn afa wɔn som no mu. Na yeinom ne wɔn a wɔgyinaa hɔ ne wɔn mma no: Kehat mma no mu: Ɔdwontoni Heman, Yoel ba, Samuel ba, Elkana ba, Yeroham ba, Eliel ba, Yoa ba, Suf ba, Elkana ba, Mahat ba, Amasai ba, Elkana ba, Yoel ba, Asaria ba, Sefania ba, Tahat ba, Asir ba, Ebiasaf ba, Kora ba, Yishar ba, Kehat ba, Lewi ba, Israel ba, ne ne nua Asaf a ɔgyina ne nifa soɔ, Asaf, Berekia ba, Simea ba, Mikael ba, Baaseia ba, Malkia ba, Etni ba, Sera ba, Adaia ba, Etan ba, Simma ba, Simei ba, Yahat ba, Gersom ba, Lewi ba, ne wɔn nuanom Merari mma a wɔgyinagyina benkum soɔ: Etan, Kisi ba, Abdi ba, Maluk ba, Hasabia ba, Amasia ba, Hilkia ba, Amsi ba, Bani ba, Samer ba, Mahli ba, Musi ba, Merari ba, Lewi ba. Na wɔn nuanom, Lewifoɔ no, wɔde wɔn maa Nyankopɔn fie tenabea no som nyinaa. Na Aaron ne ne mma ne wɔn a wɔhye afɔdeɛ, ɔhyeɛ afɔrebukyia ne aduhwam hyeɛbukyia no soɔ, wɔyɛ kronkronbea adwuma no nyinaa, na wɔpata ma Israel sɛdeɛ Nyankopɔn akoa Mose hyɛeɛ no ara. Na yeinom ne Aaron mma: Ne ba Eleasa, ne ba Pinehas, ne ba Abisua, ne ba Buki, ne ba Usi, ne ba Seraia, ne ba Meraiot, ne ba Amaria, ne ba Ahitub, ne ba Sadok, ne ba Ahimaas. Na yeinom ne wɔn tenabea ahodoɔ sɛdeɛ wɔn nkuro a afasuo atwa ho ahyia no teɛ, wɔn ahyeɛ mu: Aaron mma, Kohatfoɔ abusua no nyaa wɔn ntonto kyɛfa, na wɔmaa wɔn Hebron, Yuda asase so ne ɛho mmoa adidibea nsase a ɛtwa ho hyia; na kuro no ho mfuo ne ɛho nkuraa no deɛ, wɔde maa Yefune ba Kaleb. Na wɔmaa Aaron mma, Yuda nkuro, dwanekɔbea kuro Hebron, Libna ne ɛho mmoa adidibea nsase, Yatir, Estemoa ne ɛho asase, Hilen ne ɛho asase, Debir ne ɛho asase, Asan ne ɛho asase ne Bet-semes ne ɛho asase. Na Benyamin abusuakuo mu nso: Geba ne ɛho mmoa adidibea nsase, Alemet ne ɛho asase ne Anatot ne ɛho asase. Wɔn nkuro nyinaa yɛ dummiɛnsa wɔn mmusua no mu. Na Kehat mma nkaeɛ, abusuakuo no abusua mu no, wɔde ntonto maa wɔn nkuro du firi Manase abusuakuo fa no mu. Na Gersom mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no, wɔde Isakar abusuakuo ne Aser abusuakuo ne Naftali abusuakuo ne Manase abusuakuo a ɛwɔ Basan no mu nkuro dummiɛnsa maa wɔn. Merari mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no, wɔde ntonto yii Ruben abusuakuo ne Gad abusuakuo ne Sebulon abusuakuo mu nkuro dummienu maa wɔn. Na Israelfoɔ no de nkuro no ne ɛho mmoa adidibea nsase memaa Lewifoɔ no, na wɔde ntonto yiyii Yuda mma abusuakuo ne Simeon mma abusuakuo ne Benyamin mma abusuakuo mu nkuro a wɔabobɔ din yi. Na Kehat mma mmusua no hyeɛ so nkuro wɔ Efraim abusuakuo mu, na wɔmaa wɔn nkuro, dwanekɔbea kuro Sekem ne ɛho mmoa adidibea nsase, Efraim bepɔ so ne Geser ne ɛho asase, Yokmeam ne ɛho asase, Bet-horon ne ɛho asase, Ayalon ne ɛho asase, ne Gat-Rimon ne ɛho asase; ne Manase abusuakuo fa no mu: Aner ne ɛho mmoa adidibea nsase ne Bileam ne ɛho asase wɔde maa Kehat mma a wɔkaeɛ no abusua. Na wɔde Golan a ɛwɔ Basan ne ɛho mmoa adidibea nsase, ne Astarot ne ɛho asase a ɛwɔ Manase abusuakuo fa no abusua mu no maa Gerson mma; ne Isakar abusuakuo mu: Kedes ne ɛho mmoa adidibea nsase, Daberat ne ɛho asase; Ramot ne ɛho asase ne Anem ne ɛho asase; ne Aser abusuakuo mu: Masal ne ɛho mmoa adidibea nsase ne Abdon ne ɛho asase, Hukok ne ɛho asase ne Rehob ne ɛho asase; ne Naftali abusuakuo mu: Kedes a ɛwɔ Galilea ne ɛho mmoa adidibea nsase ne Hamon ne ɛho asase ne Kiriataim ne ɛho asase. Na wɔde Rimono ne ɛho mmoa adidibea nsase, ne Tabor ne ɛho asase a ɛwɔ Sebulon abusuakuo mu no maa Merari mma nkaeɛ; ne Yordan, Yeriko agya nso, Yordan apueeɛ fam, Ruben abusuakuo mu: Beser wɔ ɛserɛ so ne ɛho mmoa adidibea nsase ne Yahsa ne ɛho asase ne Kedemot ne ɛho asase ne Mefaat ne ɛho asase. Ne Gad abusuakuo mu: Ramot a ɛwɔ Gilead ne ɛho mmoa adidibea nsase ne Mahanaim ne ɛho asase, ne Hesbon ne ɛho asase ne Yaser ne ɛho mmoa adidibea nsase.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Isakar mma ne: Tola, Pua, Yasub ne Simron, wɔyɛ baanan. Na Tola mma ne: Usi, Refaia, Yeriel, Yahmai, Yibsam ne Semuel, wɔn na wɔyɛ Tola mpanimfie atitire, mmarima akofoɔ, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu. Dawid berɛ so na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduonu mmienu ne ahansia. Na Usi mma ne: Yisrahia. Na Yisrahia mma ne: Mikael, Obadia ne Yoel, Yisia, wɔn baanum nyinaa yɛ atitire. Na wɔn a wɔka wɔn ho, sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ ne wɔn mpanimfie teɛ no, akodie dɔm asafo, yɛ mmarima mpem aduasa nsia; na wɔwɔ yerenom ne mma pii. Na wɔn nuanom a wɔfiri Isakar mmusua nyinaa mu no nyinaa yɛ mmarima akofoɔ mpemaduɔwɔtwe nson a wɔkan wɔn sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ teɛ no. Benyamin deɛ: Bela, Beker ne Yediael, wɔyɛ baasa. Na Bela mma ne: Esbon, Usi, Usiel, Yerimot ne Iri, wɔyɛ baanum, wɔn mpanimfie so atitire, mmarima akofoɔ; wɔn dodoɔ yɛ mpemaduonu mmienu ne aduasa nnan. Na Beker mma ne: Semira, Yoas, Eliesa, Elioenai, Omri, Yeremot, Abia, Anatot ne Alamet. Yeinom nyinaa yɛ Beker mma. Na wɔn dodoɔ, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie atitire teɛ, yɛ mmarima akofoɔ mpemaduonu ne ahanu. Na Yediael mma ne: Bilhan. Na Bilhan mma ne: Yeus, Benyamin, Ehud, Kenaana, Setan, Tarsis ne Ahisahar. Yeinom nyinaa yɛ Yediael mma, sɛ wɔn agyanom atitire teɛ, mmarima akofoɔ mpemdunson ne ahanu, nnipa a wɔtumi kɔ ɔsa. Na Supim ne Hupim yɛ Ir mma. Husim yɛ Aher mma. Naftali mma ne: Yahsiel, Guni, Yeser ne Salum, Bilha mma. Manase mma ne: Asriel a ne mpena woo no maa no. Na ne mpena Aramni woo Makir a ɔyɛ Gilead agya. Na Makir waree Hupim ne Supim nuabaa a ne din de Maaka. Na ne babarima a ɔtɔ so mmienu din de Selofehad; na Selofehad nyaa mmammaa. Na Makir yere Maaka woo ɔbabarima a ɔtoo no din Peres, na ne nua din de Seres. Na ne mma ne: Ulam ne Rakem. Na Ulam mma ne: Bedan. Yeinom ne Manase ba Makir ba Gilead mma. Na ne nuabaa Moleket woo Isod ne Abi-eser ne Mahla. Na Semida mma ne: Ahian, Sekem, Likhi ne Aniam. Na Efraim mma ne: Sutela ne Bered, ne ba, ne Tahat, ne ba, ne Elada, ne ba, ne Tahat, ne ba, ne Sabad, ne ba, ne Sutela, ne ba, ne Eser ne Elad. Na Gad mmarima a wɔwoo wɔn asase no soɔ no kumm wɔn, ɛfiri sɛ wɔsiane kɔɔ sɛ wɔrekɔfa wɔn mmoakuo akɔ. Na wɔn agya Efraim gyam wɔn nna pii, na ne nuanom ba bɛkyekyeree ne werɛ. Na ɔne ne yere daeɛ, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo no din Beria, ɛfiri sɛ adebɔne na ɛbaa ne fie. Na ne babaa ne Seera a ɔkyekyeree anafoɔ ne atifi Bet-horon ne Usen-seera. Na ne ba ne Refa ne Resef, ne ba Tela, ne ba Tahan, ne ba Ladan, ne ba Amihud, ne ba Elisama, ne ba Nun, ne ba Yosua. Na wɔn agyapadeɛ ne wɔn tenabea ne Betel ne ɛho nkurowa, ne apueeɛ fam Naaran ne atɔeɛ fam Geser ne ɛho nkurowa ne Sekem ne ɛho nkurowa kɔduru Asa ne ɛho nkurowa. Na Manase mma nkyɛn mu bi wowɔ Bet-sean ne ɛho nkurowa, Taanak ne ɛho nkurowa, Megido ne ɛho nkurowa, Dor ne ɛho nkurowa. Yeinom mu na Israel ba Yosef mma teɛ. Aser mma ne: Yimna, Yiswa, Yiswi, Beria ne wɔn nuabaa Sera. Na Beria mma ne: Heber ne Malkiel, ɔne Birsait agya. Na Heber woo Yaflet, Somer, Hotam ne wɔn nuabaa Sua. Na Yaflet mma ne: Pasak, Bimhal ne Aswat. Yeinom ne Yaflet mma. Na Semer mma ne: Ahi ne Rohga, Yehuba ne Aram. Na ne nua Helem mma ne Sofa, Yimna, Seles ne Amal. Sofa mma ne: Suah, Harnefer, Saulo, Beri ne Yimra; Beser, Hod, Sama, Silsa, Yitran ne Beera. Na Yeter mma ne: Yefune, Pispa ne Ara. Na Ula mma ne: Arah, Haniel ne Risia. Yeinom nyinaa yɛ Aser mma mpanimfie so atitire, mmarima akofoɔ a wɔayi wɔn, mmapɔmma mu atitire; na wɔn a wɔkan wɔn maa ɔsakorɔ sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ teɛ no yɛ mmarima mpemaduonu nsia.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Benyamin woo Bela, n’abakan, Asbel a ɔtɔ so mmienu ne Ahra a ɔtɔ so mmiɛnsa, Noha a ɔtɔ so nnan ne Rafa a ɔtɔ so nnum. Na Bela mma ne: Adar, Gera, Abihud, Abisua, Naaman, Ahoa Gera, Sefufan ne Huram. Na yeinom ne Ehud mma, (yeinom ne Gebafoɔ agyanom atitire, na wɔtuu wɔn kɔɔ Manahat), ne Naaman ne Ahia ne Gera, ɔno na ɔtuu wɔn kɔeɛ, na ɔwoo Usa ne Ahihud. Na Saharaim woe wɔ Moab asase so, nso na wagya ne yerenom Husim ne Baara kwan. Na ɔne ne yere Hodes woo Yobab, Sibia, Mesa, Malkam Yeus, Sakia ne Mirma. Yeinom ne ne mma a wɔyɛ agyanom atitire. Na ɔne Husim woo Abitub ne Elpaal. Na Elpaal mma ne: Eber, Misam ne Semed a ɔkyekyeree Ono ne Lod ne ɛho nkurowa, Beria ne Sema, (wɔn ne Ayalonfoɔ agyanom atitire, wɔn na wɔpamm Gatfoɔ). Na Ahio, Sasak, Yeremot, Sebadia, Arad, Eder, Mikael, Yispa, Yoha ne Beria mma. Na Sebadia, Mesulam, Hiski, Heber, Ismerai, Yislia, Yobab ne Elpaal mma. Na Yakim, Sikri, Sabdi, Elienai, Siletai, Eliel, Adaia, Beraia, Simrat ne Simei mma. Na Yispan, Eber, Eliel, Abdon, Sikri, Hanan, Hanania, Elam, Antotia, Yifdeia, Penuel ne Sasak mma. Na Samserai, Seharia, Atalia, Yaaresia, Elia, Sikri ne Yeroham mma. Yeinom ne agyanom atitire, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ so atitire. Yeinom tenaa Yerusalem. Na wɔn a wɔtenaa Gibeon ne Gibean n’agya Yeiel a ne yere din de Maaka, ne n’abakan Abdon, Sur, Kis, Baal, Nadab, Gedor, Ahio ne Seker. Na Miklot woo Simea; na wɔn nso wɔtenaa wɔn nuanom ntentensoɔ Yerusalem kaa wɔn nuanom ho. Na Ner woo Kis, na Kis woo Saulo, na Saulo woo Yonatan, Malkisua, Abinadab ne Esbaal. Na Yonatan ba ne Merib-baal, na Merib-baal woo Mika. Na Mika mma ne: Piton, Melek, Tarea ne Ahas. Na Ahas woo Yehoada, na Yehoada woo Alemet, Asmawet ne Simri. Na Simri woo Mosa. Na Mosa woo Binea, ne Rafa, ne Elasa, ne Asel. Na Asel wɔ mmammarima baasia, na wɔn din nie: Asrikam, Bokeru, Ismael, Searia, Obadia ne Hanan. Yeinom nyinaa yɛ Asel mma. Na ne nua Esek mma ne: N’abakan Ulam, Yeus a ɔtɔ so mmienu, ne Elifelet a ɔtɔ so mmiɛnsa. Na Ulam mma yɛ mmarima ahoɔdenfoɔ a wɔtumi wɔn ho, wɔkuntunu tadua, na wɔwɔ mma bebree ne mma mma ɔha aduonum. Yeinom nyinaa yɛ Benyamin mma asefoɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na wɔkan Israel nyinaa twerɛɛ wɔn din sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, na hwɛ, wɔatwerɛ wɔn din wɔ Israel ahemfo nwoma mu. Wɔtuu Yuda kɔduaa Babel, wɔn amumuyɛ nti. Na wɔn a wɔdii kan sane bɛtenaa wɔn agyapadeɛ so wɔ wɔn nkuro mu no ne asɔfoɔ, Lewifoɔ ne asɔrefie asomfoɔ. Na Yerusalem deɛ, Yuda mma ne Benyamin mma ne Efraim ne Manase mma no mu binom tenatenaa hɔ: Bani a ɔfiri Peres a ɛwɔ Yuda mma mu no ba Imri ba Omri ba Amihud ba Utai. Na Silonifoɔ mu deɛ: Abakan Asaia ne ne mma. Na Sera mma mu: Yeuel ne ne nuanom, ahansia aduɔkron. Na Benyamin mma mu: Hasenua ba Hodawia ba Mesulam ba Salu, ne Yeroham ba Yibneia ne Mikri ba Usi ba Ela ne Yibnia ba Reuel ba Sefatia ba Mesulam, ne wɔn nuanom, wɔn mmusua so, nnipa ahankron aduonum nsia. Mmarima yi nyinaa yɛ agyanom atitire, wɔn mpanimfie so. Na asɔfoɔ no mu: Yedaia, Yehoiarib ne Yakin, ne Ahitub ba Meraiot ba Sadok ba Mesulam ba Hilkia ba Asaria a ɔyɛ Nyankopɔn fie bapɔmma; ne Malkia ba Pasur ba Yeroham ba Adaia ne Imer ba Mesilemit ba Mesulam ba Yahsera ba Adiel ba Masai ne wɔn nuanom, wɔn mpanimfie so atitire, apem ahanson aduosia, mmarima a wɔtumi Nyankopɔn fie som adwuma no. Na Lewifoɔ mu deɛ: Merari ba Hasabia ba Asrikam ba Hasub ba Semaia, Bakbakar, Heres, Galal ne Asaf ba Sikri ba Mika ba Matania, ne Yedutun ba Galal ba Semaia ba Obadia ne Elkana ba Asa ba Berekia a ɔte Netofafoɔ nkuraa mu no. Na apono ano ahwɛfoɔ no: Salum, Akub, Talmon, Ahiman ne wɔn nuanom. Salum na ɔdi tire. Na ɛde bɛsi sɛsɛɛ wɔwɔ ɔhene pono ano apueeɛ fam, wɔn ne Lewi mma nsra apono ano ahwɛfoɔ. Na Kora ba Ebiasaf ba Kore ba Salum ne ne nuanom n’agya fie mu, Korafoɔ no, wɔwɔ ɔsom adwuma no so rewɛn ntomadan no pono ano, sɛdeɛ na wɔn agyanom wɔ AWURADE nsraban no mu rewɛn emu hyɛne no. Na Eleasa ba Pinehas na na ɔdi wɔn so bapɔmma kane no, na AWURADE dii n’akyi. Meselemia ba Sakaria ne ahyiaeɛ ntomadan no pono ano hwɛfoɔ. Wɔn a wɔyii wɔn de wɔn sisii apono ano hwɛfoɔ nyinaa yɛ ahanu ne dummienu. Wɔn na wɔkan wɔn twerɛɛ wɔn din mmusua soɔ, wɔn nkuraa so, wɔn nso na Dawid ne Ɔdehununi Samuel de wɔn sisii wɔn nokorɛdie adwuma so. Na wɔne wɔn mma wɔ apono no ano AWURADE fie, ntomadan fie no, rewɛn; mframa nnan no ano deɛ, apueeɛ, atɔeɛ, atifi ne anafoɔ fam apono ano ahwɛfoɔ no wɔ. Na ɛsɛ wɔn nuanom a wɔwɔ wɔn nkuraa ase no sɛ wɔba nnanson nnanson firi berɛ so kɔ berɛ soɔ bɛka wɔn ho. Na nokorɛdie adwuma mu na apono ano hwɛfoɔ mpanin baanan no, Lewifoɔ no wɔ, na wɔdi Nyankopɔn fie mpumpunu ne adekora adan no soɔ. Na Nyankopɔn fie no ho na wɔteteeɛ hyia anadwoɔ berɛ biara, na wɔn so na ɔwɛn no da, na wɔn nso na na wɔhinihini apono no daa anɔpa. Na wɔn mu binom hwɛ ɔsom nnoɔma no so, na wɔbu ano de ba mu, na wɔbu ano de firi adi. Na wɔde wɔn mu binom asisi nnoɔma ne kronkronbea nnoɔma no nyinaa ne esiam, nsa, ngo, ohwamfufuo ne nnuhwam no so. Na asɔfoɔ mma no binom de nnoɔma frafra yɛɛ nnuhwam sra ngo no. Na Matitia a ɔfiri Lewi mma mu a ɔyɛ Korani Salum abakan no, wɔde no sii ɛkyeɛ nnadeɛ mu atodeɛ to so. Na Kohatfoɔ mma a wɔyɛ wɔn nuanom no mu binom dii kyerɛ paanoo no so, sɛ wɔnsiesie no daa homeda. Yeinom ne nnwontofoɔ no, Lewi abusua so mpanimfoɔ a wɔtete asɔrefie mpumpunu mu, a wɔnyɛ adwuma foforɔ bi, ɛfiri sɛ wɔyɛ adwuma awia ne anadwo. Yeinom ne Lewifoɔ mu agyanom atitire, atitire sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Yeinom na wɔtete Yerusalem. Na Gibeonfoɔ no agya ne Yeiel a ɔte Gibeon, na ne yere din de Maada. Na n’abakan ne Adbon; ne nuanom Sur, Kis, Baal, Ner, Nadab, Gedor, Ahio, Sakaria ne Miklot. Na Miklot woo Simeam; na wɔn nso tenaa wɔn nuanom ntentensoɔ wɔ Yerusalem, wɔne wɔn nuanom. Na Ner woo Kis, na Kis woo Saulo, na Saulo woo Yonatan, Malki-sua, Abinadab ne Esbaal. Na Yonatan ba ne Merib-baal, na Merib-baal woo Mika. Na Mika mma ne: Piton, Melek, Tarea ne Ahas. Na Ahas woo Yara, na Yara woo Alemet, Asmawet, ne Simri, na Simri woo Mosa, na Mosa woo Binea; ne ne ba Refaia, ne ba Elasa, ne ba Asel. Na Asel wɔ mmammarima baasia, na wɔn din nie: Asrikam, Bokeru ne Ismael ne Searia ne Obadia ne Hanan. Yeinom ne Asel mma.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Filistifoɔ ne Israel koeɛ. Na Israel mmarima no dwanee wɔ Filistifoɔ anim, na wɔtotɔe wɔ Gilboa bepɔ so. Na Filistifoɔ tu saa Saulo ne ne mma, na Filistifoɔ kumm Yonatan, Abinadab ne Malkisua a wɔyɛ Saulo mma no. Na ɔko no den Saulo so, na agyantofoɔ bɛtoo no, na agyantofoɔ no too agyan wɔɔ no. Na Saulo ka kyerɛɛ n’akodeɛkurani sɛ: Twe wo nkrantɛ na fa wɔ me, na momonotofoɔ yi amma ammɛbɔ me adapaa. Na n’akodeɛkurani no ampene, na ɔsuroo pii. Enti Saulo faa ne nkrantɛ na ɔhwee so. Na n’akodeɛkurani no hunuu sɛ Saulo atɔ no, ɔno nso hwee ne nkrantɛ so na ɔtɔe. Na Saulo wui, na ne mma baasa no ne ne fiefoɔ nyinaa totɔɔ prɛko. Na Israelfoɔ a wɔwɔ bonhwa no mu nyinaa hunuu sɛ asraafoɔ no adwaneɛ, na Saulo ne ne mma atotɔ no, wɔgyigyaa wɔn nkuro hɔ dwanee. Na Filistifoɔ ba bɛtenatenaa mu. Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no, Filistifoɔ baa atɔfoɔ no ho nnoɔma yiyie, na wɔhunuu Saulo ne ne mma baasa no sɛ wɔatotɔ Gilboa bepɔ soɔ. Na wɔyiyii wɔn ho nnoɔma, na wɔfaa ne ti ne n’akodeɛ soma maa wɔde kyinii Filistifoɔ asase so, sɛ wɔnkɔpae nkyerɛ wɔn ahoni ne ɔman no. Na wɔde n’akodeɛ no kɔsiee wɔn anyame fie, na ne tikwankoraa deɛ, wɔde kɔfam Dagon fie. Na Yabes-gileadfoɔ nyinaa tee deɛ Filistifoɔ ayɛ Saulo nyinaa no, akofoɔ no nyinaa sɔresɔree, na wɔkɔfaa Saulo amu, ne ne mma no amu no, na wɔde baa Yabes, na wɔbɛsiee wɔn nnompe no dupɔn a ɛwɔ Yabes no ase, na wɔdii mmuada nnanson. Na Saulo wui ne fom a ɔfom AWURADE no, ne AWURADE asɛm a wanni soɔ no, ne sɛ nso ɔkɔbisaa samanfrɛni hɔ adeɛ hwehwɛɛ n’akyiri kwan. Na wanhwehwɛ AWURADE akyiri kwan nti, na ɔkumm no, na ɔdanee ahennie no maa Yisai ba Dawid.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Israel nyinaa boaboaa wɔn ano baa Dawid nkyɛn wɔ Hebron bɛkaa sɛ: Hwɛ, wo bogya ne yɛn. Na kane a na Saulo di hene no, wo ara na wode Israel firii adie na wode wɔn baa mu. Na AWURADE wo Nyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛne me man Israel, na wo ara na wobɛdi me man Israel so bapɔmma. Na Israel mpanimfoɔ nyinaa baa ɔhene no nkyɛn Hebron, na Dawid ne wɔn pam AWURADE anim wɔ Hebron, na wɔsraa Dawid ngo sii no Israel so hene, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam Samuel so kaeɛ no teɛ. Na Dawid ne Israel nyinaa sii mu kɔɔ Yerusalem, a na ɛne Yebus no, ɛfiri sɛ ɛhɔ na na Yebusifoɔ a wɔyɛ asase no sofoɔ no teɛ. Na Yebusifoɔ no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Woremma ha. Nanso Dawid faa Sion aban a ɛne Dawid kuro no. Na Dawid kaa sɛ: Obiara a ɔbɛkum Yebusifoɔ kane no, ɔbɛyɛ otitire ne ɔsafohene. Ɛnna Seruia ba Yoab foro kɔɔ kane, na ɔyɛɛ otitire. Na Dawid tenaa aban no mu, saa nti na wɔfrɛ no Dawid kuro. Na Dawid kyekyeree kuro no hyiae de firi Milo ara de twaa ho hyiae. Na Yoab siesiee kuro no nkaeɛ no. Na Dawid kɔɔ so ara yɛɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ Asafo AWURADE dii n’akyi. Na yeinom ne nnɔmmarima a na Dawid wɔ no mu atitire a wɔhyɛɛ wɔn ho den kaa ne ho n’ahennie mu, sɛ wɔne Israel nyinaa bɛsi no hene, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔkaa no Israel ho no teɛ. Na yeinom ne nnɔmmarima a na Dawid wɔ no dodoɔ: Hakmonini Yasobeam, ɔdi akunini tire, ɔno na ɔde ne pea kumm nnipa ahasa prɛko pɛ. Na n’akyiri na Ahohini Dodo ba Eleasa die, ɔfra nnɔmmarima baasa no mu. Ɔno na na ɔne Dawid wɔ Pas-damim no, na Filistifoɔ aboaboa wɔn ano wɔ hɔ sɛ wɔrebɛdi ako, na asasewa bi wɔ hɔ a atokoɔ ayɛ so ma, na ɔman no dwanee firii Filistifoɔ anim. Ɔno ne nkaeɛ no kɔgyinaa asasewa no mfimfini gyee wɔn ho, na wɔkum Filistifoɔ no. Na AWURADE de nkonimdie kɛseɛ gyee wɔn. Na atitire aduasa no mu baasa siane kɔɔ ɔbotan no so Dawid nkyɛn, Adulam bodan no mu, na Filistifoɔ dɔm akyere nsraban Refaim bonhwa mu. Nso ɛberɛ no mu, na Dawid wɔ bepɔ so atenaeɛ no mu, na Filistifoɔ bansifoɔ wɔ Betlehem. Na Dawid kɔn dɔe, na ɔkaa sɛ: Hwan na ɔbɛma me Betlehem asubura a ɛwɔ kuro pono ho no mu nsuo anom? Na mmarima baasa no te faa Filistifoɔ nsraban no mu kɔsaa Betlehem asubura a ɛwɔ kuro pono ho no mu nsuo de brɛɛ Dawid. Nanso Dawid ampɛ sɛ ɔnom, na ɔhwie gu maa AWURADE, na ɔkaa sɛ: Me Nyankopɔn mma no mpare me sɛ mɛyɛ yei. Mennom mmarima yi mogya wɔn kra so anaa? Na wɔn nkwa na wɔde too hɔ kɔfa baeɛ yi. Na wampɛ sɛ ɔnom. Yei na nnɔmmarima baasa no yɛeɛ. Na Yoab nua Abisai nso di baasa no ti. Ɔno nso na ɔhwinhwim ne pea atɔfoɔ ahasa soɔ, na ɔwɔ din baasa no mu. Nnipa baasa no mu, na ɔwɔ animuonyam sene baanu no, na ɔdi wɔn safohene, nanso wanto akane baasa no. Yehoiada ba Benaia yɛ ɔbarima katakyie a ɔfiri Kabseel a ɔyɛɛ nnoɔma akɛseɛ. Ɔno na ɔkum Moabni Ariel mma baanu no. Na ɔno nso na ɔsiane kɔkum gyata, abura bi mu, da bi a sukyerɛmma atɔ. Na ɔno ara nso na ɔkɔkumm Misraimni barima bi a ne tentene yɛ basafa mmienu ne fa. Na Misraimni no kura pea a ɛte sɛ ntomanwomfoɔ nsadua wɔ ne nsam, na ɔde poma siane kɔɔ ne nkyɛn, na ɔhwimm Misraimni no nsam pea no de ɔno ara ne pea no kumm no. Yei na Yehoiada ba Benaia yɛeɛ, na ɔwɔ din nnɔmmarima baasa no mu. Hwɛ, na ɔwɔ animuonyam sene akunini aduasa no, nanso akane baasa no deɛ, wanto wɔn. Na Dawid de no sii n’ankɔbeafoɔ so. Na dɔm no mu nnɔmmarima no ne: Yoab nua Asahel, Betlehemni Dodo ba Elhanan, Harorini Samot, Pelonni Heles, Tekoani Ikes ba Ira, Anatotni Abieser, Husani Sibekai, Ahohini Ilai, Netofani Maharai, Netofani Baana ba Heled. Ribai a ɔfiri Gibea a ɛwɔ Benyamin mma mu ba Itai, Piratonni Benaia, Nahale-gaasni Hurai, Arabani Abiel, Baharumni Asmawet, Saalbonni Eliahba, Gisoni Hasem mma, Hararini Sage ba Yonatan, Hararini Sakar ba Ahiam, Ur ba Elifal, Mekerani Hefer, Pelonni Ahia, Karmelni Hesro, Esbai ba Naarai, Natan nua Yoel, Hagri ba Mibhar, Amonni Selek, Berotni Naharai a ɔyɛ Seruia ba Yoab akodeɛkurani, Yitrini Ira, Yitrini Gereb, Hetini Uria, Ahlai ba Sabad, Rubenni Sisa ba Adina a ɔyɛ Rubenfoɔ so otitire, na nnipa aduasa ka ne ho; Maaka ba Hanan, Mitni Yosafat, Asteratni Usia, Aroerni Hotam mma Sama ne Yeiel, Simri ba Yediael ne Tisini Yoha a ɔyɛ ne nua, Mahawini Eliel, Elnaam mma Yeribai ne Yosawia, Moabni Yitma, Eliel, ne Obed, ne Mesobaini Yaasiel.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yeinom ne wɔn a wɔbaa Dawid nkyɛn Siklag berɛ a na ɔntumi nkɔ baabiara a ɔpɛ ɛsiane Kis ba Saulo nti; na wɔn nso wɔ nnɔmmarima a wɔboaa no akodie mu no mu; taduakurafoɔ a wɔtumi de nifa ne benkum to aboɔ ne agyan tadua soɔ. Saulo nuanom a wɔfiri Benyamin mu: Gibeani Semaa mma Ahieser a ɔdi tire ne Yoas ne Asmawet mma Yesiel ne Pelet ne Beraka ne Anatotni Yehu, ne Gibeonni Ismaia, aduasa no mu dɔmmarima, na ɔdi aduasa no so, ne Yeremia ne Yahasiel ne Yohanan ne Gederani Yosabad, Elusai ne Yerimot ne Bealia ne Semaria ne Harifini Sefatia. Elkana ne Yesia ne Asarel ne Yoeser ne Yasobeam, Korafoɔ, ne Yoela ne Sebadia, Yeroham mma a wɔfiri Gedor. Na Gadfoɔ mu nnipa a wɔtee wɔn ho baa Dawid nkyɛn ɛserɛ so atenaeɛ no mu, nnɔmmarima a wɔtumi wɔn ho, na wɔyɛ akofoɔ a wɔkura kyɛm ne pea, na wɔn anim te sɛ agyata anim, na wɔn ho yɛ hare sɛ mmepɔ so adowa nie: Eser di wɔn panin, Obadia di hɔ, Eliab tɔ so mmiɛnsa, Mismana tɔ so nnan, Yeremia tɔ so nnum, Atai tɔ so nsia, Eliel tɔ so nson, Yohanan tɔ so nwɔtwe, Elsabad tɔ so nkron, Yeremia tɔ so du, Makbanai tɔ so dubaako. Yeinom firi Gad mma mu, wɔyɛ dɔm no mu atitire. Ɔbaako, akumaa koraa bɛtumi ɔha, na ɔkɛseɛ bɛtumi apem. Yeinom ne wɔn a wɔtwaa Yordan, bosome a ɛdi kan no mu, berɛ a na ayiri asram ne nsunoa nyinaa so no, na wɔkaa mmonhwa no mufoɔ nyinaa guiɛ, apueeɛ fam ne atɔeɛ fam. Na Benyamin ne Yuda mma mu binom nso baa Dawid nkyɛn atenaeɛ no mu hɔ. Na Dawid firii adi baa wɔn anim na ɔbua see wɔn sɛ: Sɛ asomdwoeɛ so na moreba me nkyɛn, sɛ morebɛboa me a, ɛnneɛ mɛnya mo ho akoma pa sɛ yɛbɛyɛ baako. Na sɛ moreba abɛyi me ama m’atamfoɔ, nanso amumuyɛ biara nni me nsam yi, ɛnneɛ yɛn agyanom Nyankopɔn bɛhwɛ na wabu atɛn. Ɛnna honhom kaa Amasai, aduasa no mu otitire, na ɔkaa sɛ: Yɛyɛ wo dea, O Dawid; na yɛwɔ w’afa, O Yisai ba! Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ nka wo, na asomdwoeɛ nka w’aboafoɔ, ɛfiri sɛ wo Nyankopɔn boa wo. Ɛnna Dawid gyee wɔn; na ɔde wɔn sisii n’asafo so atitire. Na Manasefoɔ mu binom nso wae bɛdɔmm Dawid berɛ a na ɔne Filistifoɔ rebɛne Saulo ako no. (Na wammoa Filistifoɔ no, ɛfiri sɛ Filistifoɔ mmapɔmma kɔɔ agyina gyaa no kwan sɛ: Yɛn tiri na ɔde bɛwae akɔ ne wura Saulo nkyɛn.) Na ɔsii mu kɔɔ Siklag no, Manase mu binom wae bɛdɔm no: Adna ne Yosabad ne Yediael ne Mikael ne Yosabad ne Elihu ne Siletai, Manase mpem mpem so atitire. Na wɔn na wɔboaa Dawid ne afomfafoɔ asafo no dii asie. Na wɔn nyinaa yɛ nnɔmmarima akatakyie, na wɔyeyɛɛ ɛdɔm no mu asafohene. Na daa nyinaa na wɔde Dawid nkyɛn ba ara, sɛ wɔrebɛboa no, kɔsii sɛ wɔyɛɛ ɛdɔm kɛseɛ sɛ Nyankopɔn dɔm. Na yeinom ne nnipa a na wɔamia ama akodie a wɔbaa Dawid nkyɛn Hebron, sɛ wɔbɛdane Saulo ahennie ama no, sɛdeɛ AWURADE asɛm no seɛ no dodoɔ: Yuda mma a wɔkura akyɛm ne mpea a wɔamia ama akodie, mpemnsia ahanwɔtwe, Simeon mma mu nnɔmmarima a wɔtumi akodie, mpemnson ne ɔha, Lewi mma mu, mpemnan ahansia, ne Yehoiada, Aaron bapɔmma, na nnipa mpensa ahanson ka ne ho, ne Sadok, aberanteɛ dɔmmarima katakyie, ne n’agya fie asafohene aduonu mmienu ne Benyamin mma, Saulo nuanom, mu mpensa; na ɛde bɛsi berɛ no mu na wɔn mu dodoɔ ara adi Saulo fie nokorɛ; ne Efraim mma mu, mpemaduonu ahanwɔtwe, nnɔmmarima akatakyie, nnipa a wɔwɔ din wɔn mpanimfie mu: Manase abusuakuo fa no mu, mpemdunwɔtwe na wɔbɔɔ wɔn din sɛ wɔmmra mmɛsi Dawid hene. Isakar mma mu nnipa a wɔyɛ mmerɛ mu nhunumufoɔ sɛ wɔbɛhunu deɛ ɛsɛ sɛ Israel yɛ no, wɔn mu atitire ahanu, na wɔn nuanom nyinaa tiee wɔn. Sebulon mu nnipa mpem aduonu a wɔawedare wɔ akodie a wɔde akodeɛ nyinaa amia ama ɔsakorɔ sɛ wɔde akoma a ɛnyɛ ntanta rebɛboa Dawid. Naftali mu asafohene apem, na nnipa a wɔkura akyɛm ne mpea mpemaduasa nson ka wɔn ho. Danfoɔ mu nnipa a wɔamia ama ɔko mpemaduonu nwɔtwe ne ahansia na wɔbaeɛ. Aser mu nnipa a wɔtumi kɔ akono mpemaduanan na wɔbaeɛ. Na wɔn a wɔfiri Yordan agya a wɔfiri Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no mu nnipa a wɔkura akodeɛ ahodoɔ nyinaa, mpemha ne mpemaduonu. Mmarima akofoɔ a wɔde akoma mu yii wɔn ho kɔɔ mpasua soɔ yi nyinaa baa Hebron, sɛ wɔde Dawid rebɛsi Israel nyinaa so hene. Na Israel nkaeɛ no nyinaa nso nyaa Dawid ahensie ho akoma korɔ. Na wɔne Dawid dii hɔ nnansa didi nomee ɛfiri sɛ na wɔn nuanom ahyɛ wɔn akyi. Na wɔn a wɔbɛn wɔn de kɔsi Isakar ne Sebulon ne Naftali no nso de aduane bae, mfunumu ne yoma ne mfunumupɔnkɔ ne anantwie so, esiam aduane ne borɔdɔma taterɛ ne bobe aba a wɔahata ne nsa ne ngo ne anantwie ne nnwan pii pa, na anigyeɛ baa Israel.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Dawid ne apem apem ne ɔha ha so asafohene ne mmapɔmma no nyinaa kɔɔ agyina, na Dawid ka kyerɛɛ Israel badwa no nyinaa sɛ: Sɛ ɛyɛ wɔ mo ani so na ɛfiri AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn a, momma yɛmmu mu nsoma mma wɔnkɔ yɛn nuanom a wɔaka Israel nsase nyinaa soɔ ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔka wɔn ho wɔn tenabea nkuro mu no nkyɛn, na wɔmmoaboa wɔn ano mmra yɛn nkyɛn, na yɛmfa yɛn Nyankopɔn adaka no ntwam mmra yɛn nkyɛn. Na Saulo berɛ so no, yɛammisa akyiri kwan. Ɛnna badwa no nyinaa kaa sɛ wɔnyɛ saa, ɛfiri sɛ na asɛm no tene ɔman no nyinaa ani so. Na Dawid boaa Israel man no nyinaa ano hyiae de firii Sihor a ɛwɔ Misraim kɔsii deɛ ɛde rekɔ Hamat, sɛ wɔrekɔfa Nyankopɔn adaka no afiri Kiriat-yearim aba. Na Dawid ne Israel nyinaa foro kɔɔ Baala a ɛne Kiriat-yearim a ɛwɔ Yuda no, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn, AWURADE a ɔte kerubim soɔ a wɔbɔ ne din frɛ no no, adaka no afiri hɔ aba. Na wɔyii Nyankopɔn adaka no sii teaseɛnam foforɔ bi so firii Abinadab fie. Na Usa ne Ahio piaa teaseɛnam no. Na Dawid ne Israel nyinaa goroe, Nyankopɔn anim, wɔde ahoɔden nyinaa ne nnwom ne asankuo ne mmɛnta ne mpintin ne nnawuro ne ntotorobɛnto. Na wɔduruu Kidon ayuporebea no, Usa tenee ne nsa kɔsɔɔ adaka no mu, ɛfiri sɛ anantwie no hinhimii. Na AWURADE bo fuu Usa, na ɔkumm no, sɛ ɔtenee ne nsa kaa adaka no nti, na ɔwuu Nyankopɔn anim hɔ. Na Dawid ampɛ sɛ AWURADE abufuo aba Usa soɔ, na ɔfrɛɛ hɔ sɛ Peres-usa de bɛsi nnɛ. Na Dawid suroo Nyankopɔn da no, na ɔkaa sɛ: Mede Nyankopɔn adaka no bɛba me nkyɛn sɛn? Na Dawid amfa adaka no amma ne nkyɛn Dawid kuro no mu, na ɔde mane kɔɔ Gitini Obed-Edom fie. Na Nyankopɔn adaka no sii Obed-Edom fie bosome mmiɛnsa, na AWURADE hyiraa Obed-Edom fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Tirohene Hiram somaa abɔfoɔ maa wɔbaa Dawid nkyɛn, wɔde ntweneduro nnua ne abantofoɔ ne nnuapaefoɔ baa sɛ wɔmmɛsi dan mma no. Na Dawid hunuu sɛ AWURADE asi no Israel so hene, na ne man Israel nti wama n’ahennie so. Na Dawid warewaree yerenom bio Yerusalem, na Dawid wowoo mmammarima ne mmammaa bebree. Na wɔn a wɔwoo wɔn maa no Yerusalem din nie: Samua, Sobab, Natan, Salomo, Yibhar, Elisua, Elpelet, Noga, Nefeg, Yafia, Elisama, Beeliada ne Elifelet. Na Filistifoɔ tee sɛ wɔasra Dawid de no asi Israel nyinaa so hene no, Filistifoɔ nyinaa foro baa sɛ wɔrebɛhwehwɛ Dawid. Na Dawid teeɛ no, ɔfirii adi kɔhyiaa wɔn. Na Filistifoɔ no ba de bɛkyeree nsraban wɔ Refaim bonhwa mu. Ɛnna Dawid kɔbisaa Onyankopɔn sɛ: Menkɔ Filistifoɔ no so na wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, na mede wɔn bɛhyɛ wo nsa. Na wɔforo baa Baal-perasim. Na Dawid kunkumm wɔn wɔ hɔ. Na Dawid kaa sɛ: Onyankopɔn apae m’atamfoɔ mu me nsam, sɛ nsuo mu paeɛ no. Enti wɔfrɛɛ hɔ: Baal-perasim. Na wɔgyigyaa wɔn anyame wɔ hɔ. Na Dawid ka maa wɔde ogya hyeeɛ. Na Filistifoɔ no sane foro baa bio de bɛkyeree nsraban wɔ bonhwa no mu. Na Dawid bisaa Onyankopɔn bio, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Nkɔ nkɔdi wɔn akyi, dane firi wɔn ho, na fa baka nnua no ntentensoɔ bra wɔn so. Na sɛ wote nanteɛ nka baka nnua no atifi a, ɛnneɛ firi kɔko, na Onyankopɔn afiri redi w’anim akɔkum Filistifoɔ dɔm no. Na Dawid yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no no, na wɔkunkum Filistifoɔ dɔm no firii Gibeon de kɔsii Geser. Na Dawid din hyetae nsase no nyinaa so, na AWURADE maa ne ho hu tɔɔ amanaman no nyinaa so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Dawid sisii adan maa ne ho wɔ Dawid kuro mu, na ɔsiesiee afa bi maa Nyankopɔn adaka no, na ɔsii ntomadan maa no. Afei Dawid kaa sɛ obiara nnsoa Nyankopɔn adaka no sɛ Lewifoɔ no ara nko, na wɔn na AWURADE ayi wɔn sɛ wɔnsoa Nyankopɔn adaka no, na wɔnsom no daa. Na Dawid boaa Israel nyinaa ano bɛhyiaa Yerusalem sɛ wɔrekɔfa AWURADE adaka no de aba n’afa a wasiesie ama no no. Na Dawid boaa Aaron mma ne Lewifoɔ no ano: Kehat mma no mu: Ɔsafohene Uriel ne ne nuanom, ɔha aduonu. Merari mma mu: Ɔsafohene Asaia ne ne nuanom, ahanu aduonu. Gersom mma mu: Ɔsafohene Yoel ne ne nuanom, ɔha aduasa. Elisafan mma mu: Ɔsafohene Semaia ne ne nuanom, ahanu. Hebron mma mu: Ɔsafohene Eliel ne ne nuanom, aduɔwɔtwe. Usiel mma mu: Ɔsafohene Aminadab ne ne nuanom, ɔha dummienu. Na Dawid frɛɛ Sadok ne Abiatar, asɔfoɔ no, ne Lewifoɔ no: Uriel, Asaia, Yoel, Semaia, Eliel ne Aminadab, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mone Lewifoɔ mu agyanom atitire, mo ne mo nuanom nnwira mo ho, na momfa AWURADE Israel Nyankopɔn adaka no mmra deɛ masiesie mama no hɔ. Na akane no ɛnyɛ mo na moyɛeɛ nti na AWURADE yɛn Nyankopɔn bu baa yɛn soɔ, sɛ yɛanhwehwɛ no n’atorɔmuadeɛ no soɔ. Ɛnna asɔfoɔ ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho sɛ wɔrekɔfa AWURADE Israel Nyankopɔn adaka no aba. Na Lewifoɔ mma no soaa Nyankopɔn adaka no, sɛdeɛ Mose hyɛeɛ, sɛdeɛ AWURADE asɛm no teɛ no. Wɔde ɛho mpoma no totoo wɔn kɔn ho. Na Dawid ka kyerɛɛ Lewifoɔ asafohene no sɛ wɔnyiyi wɔn nuanom nnwontofoɔ no mma wɔnkurakura nnwontoɔ nnoɔma: Mmɛnta, mmɛn ne asankuten ne nsambɔ nnawuro nnyinagyina hɔ mma wɔnte wɔn nka na wɔmma wɔn nne so anigyeɛ mu. Na Lewifoɔ no yii Yoel ba Heman ne ne nuanom mu Berekia ba Asaf ne wɔn nuanom Merari mma mu Kusaia ba Etan de wɔn gyinagyinaa hɔ. Na wɔde wɔn nuanom a wɔtɔ so mmienu kaa wɔn ho: Sakaria, Ya-asiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Benaia, Ma-aseia, Matitia, Elifelehu, Mikneia ne Obed-edom ne Ye-iel, apono ano hwɛfoɔ no. Na nnwontofoɔ Heman, Asaf ne Etan bɔɔ kɔbere mfrafraeɛ nnawuta maa wɔtee nka, na Sakaria, Asiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Maaseia ne Benaia bɔɔ mmɛnta mmabaa nne so. Na Matitia ne Elifelehu ne Mikneia ne Obed- Edom ne Yeiel ne Asaia bɔ asankuten nne a ɛtɔ so nwɔtwe so. Na Kenania, Lewifoɔ safohene wɔ nnwontoɔ no mu, ɔdi nnwontoɔ no so, ɛfiri sɛ na ɔte aseɛ. Na Berekia ne Elkana ne adaka no apono ano hwɛfoɔ. Na Sebania, Yosafat, Netanel, Amasai, Sakaria, Benaia, Eliesa, asɔfoɔ no, ne ntotorobɛntohyɛnfoɔ a wɔhyɛne ntotorobɛnto, Nyankopɔn adaka no anim. Na Obed-Edom ne Yehia ne adaka no apono ano ahwɛfoɔ. Ɛnna Dawid ne Israel mpanimfoɔ ne mpem mpem so asafohene no sii mu kɔeɛ, sɛ wɔrekɔfa AWURADE apam adaka no afiri Obed-Edom fie aba, anigyeɛ mu. Na Onyankopɔn boaa Lewifoɔ a wɔso AWURADE apam adaka no no, wɔde anantwinini nson ne adwennini nson bɔɔ afɔdeɛ. Na Dawid hyɛ asaawa nwera batakari, ɔno ne Lewifoɔ a wɔso adaka no nyinaa ne nnwontofoɔ no, ne ɔsafohene Kenania a ɔdi nnwontoɔ no soɔ no wɔ nnwontofoɔ no mu. Na nwera asɔfotadeɛ nso hyɛ Dawid. Na Israel nyinaa de AWURADE apam adaka no bae, osebɔ ne mmɛnhyɛne ne ntotorobɛnto ne nsambɔ ne nnawuro mu, wɔde mmɛnta ne nsankutene maa wɔtee nka. Na ɛbaa sɛ, AWURADE apam adaka no duruu Dawid kurom no, Saulo babaa Mikal hwɛɛ mpomma mu, na ɔhunuu Ɔhene Dawid sɛ ɔrehurihuri na ɔregorɔ no, ɔbuu no animtia n’akoma mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na wɔde Nyankopɔn adaka no baa mu, de bɛsii ntomadan a Dawid asi ama no no mu, na wɔbobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ Nyankopɔn anim. Na Dawid wiee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no bɔ no, ɔde AWURADE din hyiraa ɔman no. Na ɔkyekyɛɛ Israelfoɔ nyinaa, mmarima ne mmaa, obiara, paanoo mua ne nankum ne bobe aba taterɛ. Na ɔyeyɛɛ Lewifoɔ no mu bi asomfoɔ wɔ AWURADE adaka no anim, sɛ wɔnkamfo AWURADE Israel Nyankopɔn nna no ase nyi no ayɛ. Asaf ne panin, na Sakaria di hɔ, Yeiel ne Semiramot ne Yehiel ne Matitia ne Eliab ne Benaia ne Obed-Edom ne Yeiel, wɔkurakura mmɛnta ne nsankutene, na Asaf deɛ, ɔbɔ nnawuro a ɛgyegyeɛ. Na Benaia ne Yahasiel, asɔfoɔ no hyɛnee ntotorobɛnto daa daa Nyankopɔn apam adaka no anim. Da no ara na Dawid maa wɔfaa Asaf ne ne nuanom so daa AWURADE ase kane. O monna AWURADE ase, mommɔ ne din, momma wɔnhunu ne nneyɛɛ aman mu. Monto no dwom, monto no ayeyie dwom, monka n’anwanwadeɛ nyinaa. Momfa ne din kronkron nhyehye mo ho, ma wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE akoma ntɔ wɔn yam. Mompɛ AWURADE ne ne tumi akyiri kwan, monhwehwɛ n’anim daa daa. Monkae n’anwanwadeɛ a wayɛ, n’ahodwirideɛ ne n’anomu atemmusɛm. O ne somfoɔ Abraham asefoɔ, Yakob a ɔfaa no no mma. Ɔno ne AWURADE yɛn Nyankopɔn, n’atemmudeɛ wɔ asase nyinaa so. Wɔnkae n’apam no nkɔsi daa, asɛm a ɔhyɛɛ awoɔ ntoatoasoɔ apem no, sɛdeɛ ɔne Abraham pameeɛ no ne ne ntam a ɔkaa Isak no. Na ɔde sii hɔ maa Yakob sɛ ahyɛdeɛ, ne Israel sɛ daa apam kaa sɛ: Wo na mede Kanaan asase bɛma woɔ, sɛ wo agyapadeɛ a wɔakyɛ no susuhoma soɔ. Berɛ a na wɔsua, na wɔmmu wɔn ho akonta wɔ akyinkyinakyinkyin mu, na wɔnenam firi ɔman mu kɔ ɔman mu, wɔfiri ahennie bi mu kɔ ɔman foforɔ bi mu no, wamma obi anhom wɔn so, na wɔn nti ɔkaa ahemfo anim: Sɛ monnka wɔn a wɔasra wɔn no, na monnyɛ m’adiyifoɔ bɔne biara. Monto AWURADE dwom, asase nyinaa so! Mompae ne nkwagyeɛ mfiri da nkɔ da mu. Monka n’animuonyam wiase aman mu, ne n’anwanwadeɛ aman nyinaa mu. Na AWURADE yɛ ɔkɛseɛ na ɔsɛ ayeyie sɛ, na ne ho yɛ hu anyame nyinaa mu. Na amanaman anyame nyinaa yɛ abosonhuhuo, na AWURADE deɛ, ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro. Anidie ne animuonyam wɔ n’anim, tumi ne anika wɔ ne tenabea. Aman mmusuakuo, momma AWURADE, momma AWURADE animuonyam ne tumi. Momfa AWURADE din no animuonyam mma no, monsoa ayɛyɛdeɛ mmra n’anim. Monsɔre AWURADE wɔ ahokeka kronkron mu. Asase nyinaa, mo ho mpopo wɔ n’anim. Wiase tim hɔ pintinn, ɛrenhinhim da. Wɔmma ɔsoro ani nnye, na asase ho nsane no; wɔnka no amanaman mu sɛ: AWURADE adi hene. Ɛpo ne ne mayɛ bɛworo. Mfofowa ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa bɛdi ahurisie. Ɛno na kwaeɛ mu nnua bɛto ahosan nnwom, AWURADE anim, ɛfiri sɛ ɔreba abɛbu asase atɛn. Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Na monka sɛ: Gye yɛn nkwa, yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn, na boaboa yɛn ano, na yi yɛn firi amanaman mu, na yɛnna wo din kronkron no ase, na yɛmfa w’ayeyie nhyehyɛ yɛn ho. Nhyira nka AWURADE, Israel Nyankopɔn, firi daa kɔsi daa. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ Amen, de yii AWURADE ayɛ. Ɛnna ɔgyaa Asaf ne ne nuanom hɔ AWURADE apam adaka no anim, sɛ wɔnsom adaka no anim daa, sɛdeɛ ɛhia da biara; na Obed-Edom ne wɔn nuanom yɛ aduosia nwɔtwe, na Yedutun ba Obed-Edom ne Hosa yɛɛ apono ano ahwɛfoɔ. Na ɔgyaa Ɔsɔfoɔ Sadok ne ne nuanom asɔfoɔ hɔ AWURADE tenabea no anim sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Gibea no, sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ɔhyeɛ afɔrebukyia no so, mma AWURADE daa daa anɔpa ne anwummerɛ nyɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no AWURADE mmara a ɔhyɛɛ Israel no mu nyinaa. Na Heman ne Yedutun ka wɔn ho, ne wɔn a wɔyii wɔn a wɔbobɔɔ wɔn din no nkaeɛ, sɛ wɔnna AWURADE ase, sɛ n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Na Heman ne Yedutun ka wɔn ho kura ntotorobɛnto ne nsambɔ nnawuro a wɔma no gyegyeɛ, ne nnoɔma a wɔde to Nyankopɔn dwom. Na Yedutun mma deɛ, na wɔwɔ ɛpono ano. Ɛnna ɔman no nyinaa sii mu kɔɔ wɔn afie, na Dawid nso sane kɔ kɔhyiraa ne fiefoɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Dawid te ne fie no, ɔka kyerɛɛ Odiyifoɔ Natan sɛ: Hwɛ, me deɛ, mete ntweneduro dan mu, na AWURADE apam adaka no wɔ ntomadan ase. Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Adeɛ biara a ɛwɔ w’akoma mu no yɛ, na Onyankopɔn di w’akyi. Na anadwo no ara, Nyankopɔn asɛm baa Natan nkyɛn sɛ: Kɔ na kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛnyɛ wo na wobɛsi dan ama me na matena mu. Na mentenaa ɛdan mu pɛn, firi da a mekɔyii Israel mebaeɛ no, de abɛduru nnɛ da yi, na mmom mefiri ntomadan mu mekɔɔ ntomadan mu, na mefiri tenabea mekɔɔ tenabea. Baabiara a na me ne Israel nyinaa nenam no, maka makyerɛ Israel atemmufoɔ a mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛne me man no mu bi sɛ: Adɛn nti na monsii ntweneduro dan mmaa me? Na afei, ka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ Asafo AWURADE seɛ nie: Me deɛ, mefaa wo firii nnwan adidibea, nnwan no akyi, sɛ bɛyɛ me man Israel so panin, na madi w’akyi baabiara a wokɔeɛ, na matwitwa w’atamfo nyinaa afiri w’anim, na mayɛ wo din sɛ asase so nnipa akɛseɛ din. Na mɛsiesie baabi mama me man Israel, na madua wɔn na wɔatena wɔn afa, na wɔanha wɔn ho bio, na amumuyɛ mma ankɔ so ansɛe wɔn sɛ kane no, ne nna a mehyɛɛ atemmufoɔ sɛ wɔnni me man Israel soɔ no; na mɛbrɛ w’atamfo nyinaa ase. Na meka kyerɛ wo sɛ AWURADE bɛma woanya w’asefoɔ. Na sɛ wo nna wie du, na woti w’agyanom wɔ asamando a, mɛma w’aseni so wɔ w’akyiri a ɔbɛfiri wo mma mu, na mama n’ahennie atim. Ɔno na ɔbɛsi dan ama me, na mɛma n’adwa atim akɔsi daa. Me deɛ, mɛyɛ no agya, na ɔno nso ayɛ me ɔba. Na m’adɔeɛ nso, merenyi memfiri ne so, sɛdeɛ meyii no deɛ ɔdi w’anim no so no. Na mede no bɛsi me fie ne m’ahennie mu akɔsi daa, na n’ahennwa bɛtim hɔ akɔsi daa. Sɛdeɛ nsɛm yi nyinaa ne anisoadehunu yi nyinaa teɛ no, saa ara na Natan kasa kyerɛɛ Dawid. Ɛnna Ɔhene Dawid ba bɛtenaa AWURADE anim sɛ: Hwan ne me, AWURADE Nyankopɔn, na hwan ne me fie, na wode me abɛduru sɛsɛɛ yi? Nanso yei yɛ w’ani so ketewa, Onyankopɔn, na woaka daakye a ɛwɔ akyirikyiri ho asɛm, w’akoa fie ho, na woabu me sɛ onipa a ɔwɔ dibea a ɛkɔ soro; O AWURADE Nyankopɔn. Ɛdeɛn na Dawid nka nka ho mma wo bio, sɛ woahyɛ w’akoa animuonyam? Na wo na wonim w’akoa. AWURADE, w’akoa nti ne sɛdeɛ ɛwɔ w’akoma mu no na woadi saa asɛnkɛseɛ yi nyinaa, sɛ worema wɔahunu asɛnkɛseɛ no nyinaa. AWURADE, obiara nni hɔ a ɔte sɛ woɔ, na Onyankopɔn biara nso nni w’akyi sɛ nsɛm a yɛde yɛn aso ateɛ no nyinaa. Na hwan na ɔte sɛ wo man Israel, asase so man baako a Onyankopɔn akɔgye wɔn afa ayɛ ɔman, na wode nnoɔma akɛseɛ ne adeɛ a ɛyɛ hu agye din, na woatutu amanaman, wo man a wogyee wɔn Misraim no anim no? Na wode wo man Israel ayɛ wo man afa de rekɔsi daa, na wo, AWURADE, woayɛ wɔn Nyankopɔn. Na afei, AWURADE, asɛm a wokaa no w’akoa ho, ne ne fie ho no, ma no ntim nkɔsi daa, na yɛ no sɛdeɛ woaka no. Na ɛntim, na wo din no nso kɛseɛ nkɔsi daa, na wɔnka sɛ: Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn ne Onyankopɔn ma Israel. Na ma w’akoa Dawid fie nsi w’anim pintinn. Na wo, me Nyankopɔn, woayi w’akoa asotire sɛ wobɛsi efie ama no, enti na w’akoa nso ahunu sɛdeɛ ɔbɔ mpaeɛ w’anim yi. Na afei, AWURADE, wo ara ne Onyankopɔn, na woaka w’akoa ho asɛmpa yi, na afei ma no nyɛ wo fɛ sɛ, wobɛhyira w’akoa fie, na ɛnsi w’anim daa. Na deɛ wo, AWURADE, wohyira no no na wɔahyira no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yei akyiri no, Dawid kunkumm Filistifoɔ, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na ɔgyee Gat ne ɛho nkurowa Filistifoɔ nsam. Na ɔdii Moabfoɔ nso so, na Moabfoɔ danee Dawid nkoa a na wɔtua apeatoɔ ma no. Na Dawid dii Hadadeser, Soba a ɛhwɛ Hamat no hene so berɛ a ɔkɔɔ sɛ ɔrekɔsi nkaeɛ dum wɔ Eufrate asubɔnten no. Na Dawid gyee ne dɔm mu nteaseɛnam apem ne apɔnkɔsotefoɔ mpemnson ne anammɔn mufoɔ mpemaduonu, na Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa nantin ntini, na ɔgyaa wɔn mu nteaseɛnam ɔha deɛ. Na Siriafoɔ a wɔwɔ Damasko baeɛ sɛ wɔrebɛboa Sobahene Hadadeser no, Dawid kumm Siriafoɔ mu nnipa mpemaduonu mmienu. Na Dawid de bansifoɔ sii Siriafoɔ a wɔwɔ Damasko no so, na Siriafoɔ danee Dawid nkoa a na wɔsoa ayɛyɛdeɛ ba. Na AWURADE maa Dawid dii nim baabiara a ɔkɔeɛ. Na Dawid gyee sika akyɛm a na Hadadeser nkoa kurakura no de baa Yerusalem. Na Dawid faa kɔbere mfrafraeɛ bebree pa firii Hadadeser nkuro Tibhat ne Kun mu de bae. Ɛno na Salomo de yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ po ne adum ne kɔbere mfrafraeɛ nnoɔma nnoɔma no. Na Hamathene Tou tee sɛ Dawid aka Sobahene Hadadeser dɔm nyinaa aguo no, ɔsomaa ne ba Hadoram baa Ɔhene Dawid nkyɛn bɛkyeaa no hyiraa no, sɛ ɔne Hadadeser ako na waka no aguo nti, ɛfiri sɛ na Hadadeser ne Tou redi ako. Na ɔkura sika ne dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ nnwinneɛ ahodoɔ nyinaa bae. Ɛnonom nso na Ɔhene Dawid yɛɛ no kronkron maa AWURADE. Na ɔhyiraa dwetɛ ne sika a ɔkɔsoa firii amanaman no nyinaa Edomfoɔ, Moabfoɔ ne Amon mma ne Filistifoɔ ne Amalekfoɔ mu no so. Na Seruia ba Abisai kumm Edomfoɔ mu nnipa mpemdunwɔtwe wɔ Nkyene-Bonhwa no mu. Na ɔde bansifoɔ sii Edomfoɔ so, na Edomfoɔ nyinaa danee Dawid nkoa. Na AWURADE maa Dawid dii nim deɛ ɔkɔeɛ nyinaa. Na Dawid dii Israel nyinaa so hene, na ɔbuu atemmusɛm ne asɛntenenee maa ne man nyinaa. Na Seruia ba Yoab na na ɔdi dɔm no soɔ. Na Ahilud ba Yehosafat ne ɔsɛnkaefoɔ. Na Ahitub ba Sadok ne Abiatar ba Abimelek ne asɔfoɔ. Na Sawsa ne ɔtwerɛfoɔ. Na Yehoiada ba Benaia di Keretifoɔ ne Peletifoɔ no so. Na Dawid mma na wɔdi kan wɔ n’ankɔbeafoɔ no mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yei akyiri no, Amonfoɔ hene Nahas wui, na ne ba bɛdii n’adeɛ. Ɛnna Dawid kaa sɛ: Mɛyɛ Nahas ba Hanun adɔeɛ, na n’agya yɛɛ me adɔeɛ. Na Dawid somaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔma no hyɛden n’agya wuo nti. Na Dawid nkoa no sii mu kɔɔ Amonfoɔ asase so, kɔɔ Hanun nkyɛn, sɛ wɔrekɔma no hyɛden. Ɛnna Amonfoɔ asafohene ka kyerɛɛ Hanun sɛ: Wodwene sɛ, Dawid asoma hyɛdenmafoɔ aba wo hɔ enti ɔredi w’agya ni anaa? Ɛnyɛ asase so mu pɛɛpɛeɛ ne ne butuo ne ne nsra nti na ne nkoa aba wo nkyɛn yi? Ɛnna Hanun faa Dawid nkoa no, na ɔyiyii wɔn, na ɔtwitwaa wɔn ntadeɛ mu fa fa, de bɛduruu wɔn nsrɛkyire, na ɔgyaa wɔn kwan. Na wɔba bɛkaa mmarima no ho asɛm kyerɛɛ Dawid. Ɛnna ɔsoma kɔhyiaa wɔn, ɛfiri sɛ wɔasopa mmarima no pa ara, na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montena Yeriko nkɔsi sɛ mo bɔgyesɛ bɛfuo ansa na moasane aba. Na Amonfoɔ no hunuu sɛ wɔn ho abɔn Dawid no, Hanun ne Amonfoɔ de dwetɛ dwetikɛseɛ apem soma maa wɔde kɔgyee Mesopotamia ne, Aram-maaka ne Soba nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ adɔm. Na wɔgyee nteaseɛnam mpemaduasa mmienu ne Maakahene ne ne man adɔm, na wɔba bɛkyeree nsraban Medeba anim, na Amonfoɔ no nso firii wɔn nkuro mu boaboaa wɔn ano baa akono hɔ. Na Dawid teeɛ no, ɔsomaa Yoab ne nnɔmmarima dɔm no nyinaa kɔe. Na Amonfoɔ no firii adi, na wɔbɛbaee dɔm no mu kuro no pono ano. Na ahemfo a wɔbaeɛ no, wɔn nko tenaa petee mu. Na Yoab hunuu sɛ ɛdɔm no ani kyerɛ ne soɔ, n’anim ne n’akyire no, ɔyii Israel mu mmeranteɛ nyinaa, na ɔbaee wɔn mu kɔhyiaa Siriafoɔ. Na ɛdɔm no nkaeɛ no, ɔde wɔn hyɛɛ ne nua Abisai nsa, na wɔbaee mu kɔhyiaa Amonfoɔ no. Na ɔkaa sɛ: Sɛ Siriafoɔ yɛ den sene me a, bra bɛboa me, na sɛ Amonfoɔ yɛ den sene wo a, mɛba mabɛboa wo. Hyɛ wo ho den, na ma yɛn ho nyɛ den mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkuro, na AWURADE deɛ, deɛ ɔpɛ na ɔnyɛ. Na Yoab ne ɛdɔm a ɛka ne ho no twe pinii Siriafoɔ anim bɛnee wɔn koe, na Siriafoɔ no dii nkoguo wɔ n’anim. Na Amonfoɔ no hunuu sɛ Siriafoɔ adi nkoguo no, wɔn nso dwane firii Yoab nua Abisai anim kɔhyɛnee kuro no mu. Na Yoab sane baa Yerusalem. Na Siriafoɔ no hunuu sɛ wɔadi nkoguo wɔ Israel anim no, wɔsomaa abɔfoɔ kɔpɔn Siriafoɔ a wɔwɔ asuogya no bae, a Hadadeser sahene Sofak di wɔn anim. Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid no, ɔkɔboaa Israel nyinaa ano kɔtwaa Yordan, na ɔkɔtoo wɔn twaa wɔn so mpasua. Na Dawid yerɛɛ ɛdɔm no mu sɛ ɔrekɔhyia Siriafoɔ no ne wɔn ako, na wɔne no koe. Na Siriafoɔ dii nkoguo wɔ Israel anim, na Dawid kunkumm Siriafoɔ mu nteaseɛnamfoɔ mpemnson ne anammɔn mufoɔ mpemaduanan, na ɔkum ɔsahene Sofak nso. Na Hadadeser nkoa hunuu sɛ wɔadi nkoguo wɔ Israel anim no, wɔne Dawid yɛɛ asomdwoeɛ apam, na wɔsom no. Na Siriafoɔ ampɛ sɛ wɔboa Amonfoɔ no bio.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na afe no asusɔ, ɛberɛ a ahemfo tu sa mu no, Yoab de dɔm no nyinaa kɔ kɔsɛee Amonfoɔ asase, na ɔkɔkaa Raba hyɛɛ mu. Na Dawid deɛ, ɔtenaa Yerusalem. Na Yoab bɔɔ Raba na ɔbubui. Na Dawid yii wɔn hene abotire firii ne ti, na ɔhunuu sɛ ne duruduro yɛ sika dwetikɛseɛ, na aboɔden aboɔ wɔ mu; na wɔde hyɛɛ Dawid ti. Na ɔde kuro no mu asadeɛ bebree pa firi bae. Na ɔde ɔman a wɔwɔ mu no firi bae, na ɔmaa wɔde awan ne fatudadeɛ ne dadeɛ mmonnua yɛɛ adwuma. Na saa na ɔde yɛɛ Amonfoɔ nkuro nyinaa. Ɛnna Dawid ne ne man nyinaa sane baa Yerusalem. Na yei akyiri no, ɔko sɔree wɔ Geser, wɔne Filistifoɔ. Ɛno mu na Husani Sibekai kumm Sipai a ɔfiri abrane mma mu. Na wɔbrɛɛ wɔn ase. Na wɔne Filistifoɔ nyaa ɔko bio, na Yair ba Elhanan kumm Gatni Goliat nua Lahmi, a ne pea dua te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua. Na wɔnyaa ɔko bio wɔ Gat. Na ɔbarima tentene bi wɔ hɔ a ne nsateaa ne ne nansoaa yɛ nsia nsia, ɛyɛ aduonu nnan, na ɔno nso yɛ abrane no asefoɔ no bi. Na ɔtwitwaa Israel mpoa no, Yonatan a ɔyɛ Dawid nua Sima ba kumm no. Yeinom na wɔwoo wɔn maa abrane no wɔ Gat, na wɔtotɔɔ Dawid ne ne nkoa nsa ano.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Satan sɔre gyina tiaa Israel bio, na ɔpiapiaa Dawid sɛ ɔnkan Israel. Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne ɛdɔm no mu asafohene sɛ: Monkɔ nkɔkan Israel mfiri Beer-seba nkɔduru Dan, na momfa ho kasɛe mmerɛ me, na menhunu wɔn dodoɔ. Na Yoab kaa sɛ: AWURADE nka ne man ho sɛdeɛ wɔteɛ yi mprɛha so, me wura ɔhene, ɛnyɛ wɔn nyinaa ne me wura nkoa anaa? Adɛn nti na me wura rehwehwɛ yei? Adɛn nti na yei nyɛ asodie mma Israel? Nanso ɔhene asɛm no dii Yoab deɛ so. Na Yoab firii adi kɔkyini faa Israel nyinaa mu, na ɔsane baa Yerusalem. Na Yoab de ɔman no nkaneeɛ dodoɔ brɛɛ Dawid, na Israel nyinaa ano si ɔpepem ne mpemha, nnipa a wɔtwe nkrantɛ. Na Yuda ano si mpemahanan aduɔson, nnipa a wɔtwe nkrantɛ. Na Lewi ne Benyamin deɛ, Yoab ankan wɔn, ɛfiri sɛ ɔhene asɛm no yɛɛ no ahi. Nanso asɛm yi ansɔ Nyankopɔn ani nti, ɔbɔɔ Israel. Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Mayɛ bɔne pa ara sɛ madi saa asɛm yi, na afei mesrɛ wo, ma w’akoa amumuyɛ nsene nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ. Na AWURADE ka kyerɛɛ Dawid ɔdehununi Gad sɛ: Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Nnoɔma mmiɛnsa na mede resi w’anim, fa emu baako na menyɛ wo. Na Gad baa Dawid nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Fa emu baako: Sɛ mfeɛ mmiɛnsa kɔm oo, anaa abosome mmiɛnsa dwanee, wɔ w’ahohiahiafoɔ anim a w’atamfo nkrantɛ reto wo oo, anaa AWURADE afena ne asase no so yaredɔm, nnansa a AWURADE bɔfoɔ resɛe nnipa Israel ahyeɛ nyinaa mu oo. Afei hwɛ asɛnkorɔ a memfa mensane menkɔ deɛ ɔsomaa me no hɔ. Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: Me ho hiahia me sɛ; ma menhwe AWURADE nsam ɛ, na ne mmɔborɔhunu dɔɔso sɛ, na onipa nsam na wɔmmma mennhweɛ. Na AWURADE maa ɔyaredɔm baa Israel so, na Israel mu nnipa mpemaduɔson wuwui. Na Onyankopɔn somaa ɔbɔfoɔ maa no kɔɔ Yerusalem sɛ ɔnkɔsɛe hɔ. Na ɔrebɛsɛe hɔ no, AWURADE hwɛe, na ɔnuu ne ho mmusuo no ho, na ɔka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔresɛe hɔ no sɛ: Ɛdɔɔso, afei pono wo nsa. Nso na AWURADE bɔfoɔ no gyina Yebusini Ornan ayuporebea ho. Na Dawid maa n’ani so, na ɔhunuu AWURADE bɔfoɔ no sɛ ɔgyina asase ne ɔsoro ntam, na n’afena a watwe kura ne nsam, na watene no Yerusalem so. Ɛnna Dawid ne mpanimfoɔ a wɔfirafira ayitoma no de wɔn anim butubutuu fam. Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Ɛnyɛ me na mese wɔnkan ɔman no, na me na mayɛ bɔne, na mayɛ deɛ ɛnyɛ yi, na nnwan yi deɛ, ɛdeɛn na wɔayɛ? AWURADE me Nyankopɔn, ma wo nsa mmra me so ne m’agya fie so, na mma no mma wo man so mmmɛbɔ wɔn. Ɛnna AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Gad sɛ, ɔnkɔka nkyerɛ Dawid sɛ, Dawid mforo nkɔ nkɔsi afɔrebukyia mma AWURADE Yebusini Ornan ayuporebea hɔ. Na Dawid foro kɔe sɛdeɛ Gad asɛm a ɔde AWURADE din kaeɛ no teɛ. Na Ornan danee ne ho, na ɔhunuu ɔbɔfoɔ no, na ne mma baanan ka ne ho, na wɔde wɔn ho huntae. Na Ornan repore ayuo. Na Dawid duruu Ornan nkyɛn no, Ornan danee n’ani na ɔhunuu Dawid. Ɛnna ɔfirii adi firii ayuporebea hɔ, na ɔkotoo Dawid de n’anim butuu fam. Na Dawid ka kyerɛɛ Ornan sɛ: Fa ayuporebea yi ma me na mensi so afɔrebukyia memma AWURADE. Fa ma me sɛdeɛ ne boɔ teɛ, na wɔasi ɛhaw no kwan afiri ɔman no so. Na Ornan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Gye fa, na me wura ɔhene nyɛ deɛ ɛsɔ n’ani. Hwɛ, mema anantwie a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ne ɔporeɛ teaseɛnam a wɔde bɛyɛ nnyina, ne ayuo a wɔde bɛyɛ aduane afɔdeɛ; mede ne nyinaa mema. Na Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ Ornan sɛ: Dabi, na tɔ ara na mɛtɔ no sɛdeɛ ne boɔ teɛ, na meremfa adeɛ a ɛyɛ wo deɛ memma AWURADE, sɛ mede adeɛ a mammɔ ho ka bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Na Dawid maa Ornan sika a wɔakarie nnwetɛbena ahansia de tɔɔ hɔ. Na Dawid sii hɔ afɔrebukyia maa AWURADE, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na ɔfrɛɛ AWURADE no, ɔde ogya firii soro gyee no so ɔhyeɛ afɔrebukyia no so. Ɛnna AWURADE kasa kyerɛɛ ɔbɔfoɔ no, na ɔde n’afena hyɛɛ bɔha mu. Ɛberɛ a Dawid hunuu sɛ AWURADE agye no soɔ, wɔ Yebusini Ornan ayuporebea no, ɔbɔɔ afɔdeɛ hɔ. Na berɛ no na AWURADE tenabea a Mose yɛɛ no ɛserɛ soɔ no ne afɔrebukyia no wɔ sorɔnsorɔnbea a ɛwɔ Gibeon no mu. Nanso Dawid antumi ankɔ ɛno anim ankɔhwehwɛ Onyankopɔn, ɛfiri sɛ na ehu aka no AWURADE bɔfoɔ no afena anim.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Dawid kaa sɛ: Ɛha bɛyɛ AWURADE Nyankopɔn fie no, na ayɛ Israel ɔhyeɛ afɔrebukyia no. Na Dawid kaa sɛ wɔmmoa ahɔhoɔ a wɔwɔ Israel asase soɔ no ano, na ɔsisii aboɔpaefoɔ sɛ wɔmpae aboɔ a wɔasene, na wɔmfa nsi Nyankopɔn fie no. Na Dawid siesiee dadeɛ bebree a wɔmfa mmɔ aboboano apono ho nnadewa ne nkɔtɔkorɔ ne kɔbere mfrafraeɛ pii a ɛnni nkariiɛ, ne ntweneduro nnua a ɛnni ano. Na Sidonfoɔ ne Tirofoɔ de ntweneduro nnua pii brɛɛ Dawid. Na Dawid kaa sɛ: Me ba Salomo yɛ abɔfra na ɔyɛ bɔkɔɔ, na efie no, wɔnsi mma AWURADE mma no nso kɛseɛ pa ara, na ɛnyɛ din ne afɛfɛdeɛ mma nsase nyinaa, na enti mɛsiesie mama no. Na Dawid siesiee nnoɔma a wɔdi si dan pii pa ansa na ɔrewuo. Na ɔfrɛɛ ne ba Salomo, na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnsi efie mma AWURADE, Israel Nyankopɔn. Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Salomo sɛ: Me deɛ, na ɛwɔ m’akoma mu sɛ mɛsi efie ama AWURADE me Nyankopɔn din, na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Woaka mogya bebree agu, na woadi ako akɛseɛ; nsi efie mma me din, na woaka mogya bebree agu fam wɔ m’anim. Hwɛ, wɔbɛwo ɔbabarima ama wo, ɔno na ɔbɛyɛ asomdwoeɛ nipa, na mɛma ne ho adwo no afiri n’atamfo nyinaa a wɔatwa ne ho ahyia. Na Salomo (a aseɛ ne: Asomdwoeɛni) na ɛbɛyɛ ne din, na asomdwoeɛ ne kommyɛ nso na mede bɛba Israel so ne berɛ soɔ. Ɔno na ɔbɛsi efie ama me din, na ɔno na ɔbɛyɛ me ɔba, na me nso mɛyɛ no agya, na mɛma n’ahennie adwa atim Israel so akɔsi daa. Afei, me ba, AWURADE nni w’akyi, na yɛ prɔmprɔm, na si AWURADE wo Nyankopɔn fie no, sɛdeɛ ɔkaa no wo ho no. Na AWURADE mma wo nimdeɛ ne nhunumu, na ɔnhyɛ wo Israel ho mmara, na hwɛ AWURADE wo Nyankopɔn mmara di so. Sɛ wohwɛ wo ho sɛ wobɛdi ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a AWURADE hyɛɛ Mose Israel ho no so a, ɛnneɛ wobɛyɛ prɔmprɔm. Hyɛ wo ho den na pirim w’anim. Nsuro anaasɛ mma w’akoma nntu. Na hwɛ, m’amaneɛ mu no, masiesie AWURADE fie no ho sika dwetikɛseɛ mpemha ne dwetɛ dwetikɛseɛ ɔpepem, na kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ deɛ, ɛnni nkariiɛ, ɛfiri sɛ ɛdɔɔso pii pa, na nnua ne aboɔ nso, masiesie, na wode ebi aka ho. Nso wowɔ adwumayɛfoɔ pii pa ara: Aboɔpaefoɔ ne aboɔ ne nnua adwumfoɔ ne adwuma nyinaa mu adwumfoɔ. Sika, dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ no nni ano. Sɔre na yɛ, na AWURADE nni w’akyi. Ɛnna Dawid hyɛɛ Israel mmapɔmma nyinaa sɛ, wɔmmoa ne ba Salomo na ɔse: Ɛnyɛ AWURADE mo Nyankopɔn na ɔdi mo akyire na wama mo ho nyinaa adwo mo ahyia? Na ɔde asase no sofoɔ ahyɛ me nsa, na wɔabrɛ asase no ase AWURADE ne ne man anim? Afei momfa mo akoma ne mo kra mma, sɛ mobɛhwehwɛ AWURADE mo Nyankopɔn. Na monsɔre nkɔsi AWURADE Nyankopɔn kronkronbea no, na wɔmfa AWURADE apam adaka no ne Nyankopɔn akronkronneɛ no mmra efie a wɔbɛsi ama AWURADE din no mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Dawid bɔɔ akora pa ara no, ɔde ne ba Salomo sii Israel so hene. Na Dawid boaa Israel mmapɔmma nyinaa ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ano hyiae. Na wɔkan Lewifoɔ no, nnipa a wɔadi mfirinhyia aduasa ne akyire no, na wɔn dodoɔ yɛ mpemaduasa nwɔtwe. Yeinom mu mpemaduonu nnan na wɔnhwɛ AWURADE fie adwuma no soɔ, na mpemnsia nyɛ atwerɛfoɔ ne atemmufoɔ, na mpemnan nyɛ apono ano ahwɛfoɔ, na mpemnan nso mfa nnoɔma a meyɛ memaa ayeyie no nyi AWURADE ayɛ. Na Dawid kyekyɛɛ wɔn mu sɛdeɛ Lewi mma no teɛ: Gerson, Kohat ne Merari. Gersonfoɔ ne: Ladan ne Simei. Ladan mma ne: Otitire Yehiel ne Setam ne Yoel, wɔyɛ baasa. Simei mma ne: Selomot ne Hasiel ne Haran, wɔyɛ baasa. Yeinom ne Ladan agyanom atitire. Na Simei mma ne: Yahat, Sisa, Yeus ne Beria. Yeinom ne Simei mma, wɔyɛ baanan. Na Yahat ne panin, na Sisa di hɔ, na Yeus ne Beria nni mma pii nti, wɔyɛɛ ɔkan mu agya fie baako. Kohat mma ne: Amram, Yishar, Hebron ne Usiel, wɔyɛ baanan. Amram mma ne: Aaron ne Mose. Na wɔyii Aaron sɛ ɔmmɛyɛ ade kronkronkron no ho adeɛ, ɔno ne ne mma nkɔsi daa; sɛ wɔnhye aduhwam AWURADE anim, na wɔnsom, na wɔmfa ne din nhyira nkɔsi daa. Na wɔbɔɔ Nyankopɔn nipa Mose mma din fraa Lewi abusuakuo no mu. Mose mma ne: Gersom ne Eliesa. Gersom mma: Sebuel, otitire no. Na Eliesa mma: Rehabia, otitire no. Na Eliesa nni mma foforɔ, na Rehabia mma deɛ, na wɔdɔɔso pii. Yishar mma: Selomit ne panin. Hebron mma: Yeria ne panin, Amaria di hɔ, Yahasiel tɔ so mmiɛnsa, Yekameam tɔ so nnan. Usiel mma: Mika ne panin, na Yisia di hɔ. Merari mma ne: Mahli ne Musi. Mahli mma ne: Eleasa ne Kis. Na Eleasa wui, na ɔnni mmammarima, mmammaa nko ara na na ɔwɔ. Na wɔn nuanom Kis mma waree wɔn. Musi mma ne: Mahli, Eder ne Yeremot, wɔyɛ baasa. Yeinom ne Lewi mma, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ, agyanom mu atitire, sɛ wɔkan wɔn mmaako mmaako sɛdeɛ wɔn din dodoɔ teɛ, a wɔyɛ AWURADE fie som adwuma no, wɔn a wɔadi mfirinhyia aduonu ne akyire. Na Dawid kaa sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn ama me man ho adwo wɔn, na ɔte Yerusalem daa. Na Lewifoɔ no nso ansoa ntomadan no ne ne som ho nnoɔma no biara bio, ɛfiri sɛ Dawid nsɛm a ɛdi akyire no mu no, wɔkan Lewi mma no dodoɔ de firi deɛ wadi mfirinhyia aduonu soɔ de rekorɔ. Na wɔn adwuma ne sɛ wɔhwɛ Aaron mma no nsa ano, sɛ wɔnsom AWURADE fie n’abannwa so ne mpia no mu, na wɔmma akronkronneɛ no nyinaa ho mfi, na wɔnyɛ Nyankopɔn fie som adwuma, na wɔnyɛ kyerɛ paanoo ne esiam, aduane afɔdeɛ ne apiti taterɛ ne dadeɛ ayowa ne akyeduane ho adeɛ, na wɔnhwɛ ɔhyɛ adeɛ ne susuo adeɛ nyinaa so. Na wɔnnyina hɔ daa anɔpa nna ase, nyi AWURADE ayɛ, na anwummerɛ nso, saa ara, na wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ nyinaa mma AWURADE, homeda ne bosome foforɔ ne afahyɛ mu, ne dodoɔ mu sɛdeɛ n’atorɔmuadeɛ teɛ daa, AWURADE anim, na wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho som adwuma, ne kronkronbea som adwuma ne wɔn nuanom Aaron mma som adwuma no, mfa nsom AWURADE fie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Aaron mma no deɛ, wɔn mu nkyekyɛmu nie: Aaron mma ne: Nadab ne Abihu, Eleasa ne Itamar. Na Nadab ne Abihu dii wɔn agya anim wuwui a wɔnni mma. Na Eleasa ne Itamar bɛdii asɔfoɔ. Na Dawid buu wɔn mu: Sadok a ɔfiri Eleasa mma mu, ne Ahimelek a ɔfiri Itamar mma mu, sɛdeɛ wɔn adwumayɛ dibea teɛ wɔ wɔn som no mu. Na wɔhunuu Eleasa mma mu mmarima no mu atitire bebree sene Itamar mma mu, na wɔbuu wɔn mu: Eleasa mma nyaa mpanimfie atitire dunsia, na Itamar mma, wɔn mpanimfie so, nwɔtwe. Na wɔtoo wɔn so ntonto tetee wɔn mu, yeinom ne yeinom, na kronkronbea mmapɔmma ne Nyankopɔn mmapɔmma no firi Eleasa mma ne Itamar mma mu. Na Netanel ba Ɔtwerɛfoɔ Semaia a ɔfiri Lewifoɔ mu no twerɛɛ ne nyinaa wɔ ɔhene ne mmapɔmma ne Ɔsɔfoɔ Sadok ne Abiatar ba Ahimelek ne asɔfoɔ no ne Lewifoɔ agyanom mu atitire no anim, wɔyii agya fie baako maa Eleasa ansa na wɔreyi baako nso ama Itamar. Na ntonto no bɔɔ Yehoiarib kane. Deɛ ɔtɔ so mmienu yɛɛ Yedaia deɛ, Harim deɛ tɔɔ so mmiɛnsa, Seorim deɛ, nnan, Malkia deɛ, nnum, Miyamin deɛ, nsia. Hakos deɛ, nson, Abia deɛ, nwɔtwe, Yesua deɛ, nkron, Sekania deɛ, edu, Eliasib deɛ, dubaako, Yakim deɛ, dummienu, Hupa deɛ, dummiɛnsa, Yesebeab deɛ, dunan, Bilga deɛ, dunum, Imer deɛ, dunsia, Hesir deɛ, dunson, Hapises deɛ, dunwɔtwe, Petahia deɛ, dunkron, Yeheskel deɛ, aduonu, Yakin deɛ, aduonu baako, Gamul deɛ, aduonu mmienu, Delaia deɛ, aduonu mmiɛnsa, Maasia deɛ, aduonu nnan. Yei ne wɔn adwumayɛ dibea, sɛdeɛ wɔn som no teɛ, sɛ wɔnhyɛne AWURADE fie sɛ wɔn atorɔmudeɛ a ɛnam wɔn agya Aaron so baeɛ no, sɛdeɛ AWURADE Israel Nyankopɔn hyɛɛ no no. Na Lewi mma a aka no deɛ: Amram mma mu: Subael; Subael mma mu: Yehdeia. Rehabia deɛ, Rehabia mma mu: Yisia ne panin. Yisharfoɔ mu: Selomot. Selomot mma mu: Yahat. Na Hebron mma ne: Yeria, otitire Amaria di hɔ, Yahasiel tɔ so mmiɛnsa, Yekameam tɔ so nnan. Usiel mma: Mika. Mika mma mu: Samir. Mika nua Yisia. Yisia mma mu: Sakaria. Merari mma ne: Mahli ne Musi; ne ba Yaasia mma: Beno. Merari mma a wɔyɛ ne ba Yaasia deɛ ne: Beno, Soham, Sakur ne Ibri. Mahli deɛ: Eleasa, na ɔno deɛ, ɔnni mma. Kis deɛ, Kis mma: Yerahmeel. Na Musi mma ne: Mahli, Eder ne Yerimot. Yeinom ne Lewifoɔ mma sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ. Na yeinom nso twee ntonto sɛ wɔn nuanom Aaron mma no ara, Ɔhene Dawid, Sadok, Ahimelek, asɔfoɔ ne Lewifoɔ agyanom atitire no anim, agyanom mu atitire, sɛ ne nua kumaa ara.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Nso Dawid ne ɛdom so asafohene no yiyii Asaf ne Heman ne Yedutun mma no mu wɔn a wɔmfa nsankutene ne mmɛnta ne nnawuro so nsom, nhyɛ nkɔm. Na nnipa a na wɔyɛ adwuma no sɛdeɛ wɔn som ne wɔn dodoɔ teɛ nie: Asaf mma mu: Sakur, Yosef, Netania ne Asarela, Asaf mma a wɔhyɛ Asaf aseɛ, ɔno na sɛ ɔhene bisa a ɔhyɛ nkɔm. Yedutun deɛ: Yedutun mma ne: Gedalia, Seri, Yesaia ne Simei, Hasabia ne Matitia, baasia no hyɛ wɔn agya Yedutun ase, ɔno na ɔkura sankuten, hyɛ nkɔm, de aseda ne ayeyie ma AWURADE. Heman deɛ: Heman mma ne: Bukia, Matania, Usiel, Sebuel ne Yerimot, Hanania, Hanani, Eliata, Gidalti ne Romamti-eser, Yosbekasa, Maloti, Hotir, Mahasiot. Yeinom nyinaa ne ɔhene dehunufoɔ Heman mma sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no soɔ no; ɛfiri sɛ Onyankopɔn maa Heman mmammarima dunan ne mmammaa baasa. Yeinom nyinaa hyɛ wɔn agyanom ase AWURADE fie dwontoɔ no mu, kurakura nnawuro, mmɛnta ne nsankutene som Nyankopɔn fie. Asafo ne Yedutun ne Heman hyɛ ɔhene ase. Na wɔne wɔn nuanom a wɔakyerɛ wɔn AWURADE dwontoɔ no, a wɔawedare mu no ano si ahanu aduɔwɔtwe nwɔtwe. Na wɔtwee ɔhwɛ adwuma no so ntonto pɛ maa wɔn mu nkumaa ne akɛseɛ, animdefoɔ ne asuafoɔ. Na ntonto a ɛdi kan no firi maa Asaf de maa Yosef. Gedalia deɛ tɔ so mmienu, ɔne ne nuanom ne ne mma yɛ dummienu. Deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne: Sakur, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu. Deɛ ɔtɔ so nnan no firi maa Yisri, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu. Deɛ ɔtɔ so nnum ne: Netania, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu. Deɛ ɔtɔ so nsia ne: Bukia ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu. Deɛ ɔtɔ so nson ne: Yesarela, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu. Deɛ ɔtɔ so nwɔtwe ne: Yesaia, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu. Deɛ ɔtɔ so nkron ne: Matania, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu. Deɛ ɔtɔ so du ne: Simei, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu. Deɛ ɔtɔ so dubaako ne: Asarel, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu. Deɛ ɔtɔ so dummienu ne: Hasabia, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu. Deɛ ɔtɔ so dummiɛnsa ne: Subael, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu. Deɛ ɔtɔ so dunan ne: Matitia, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu. Deɛ ɔtɔ so dunum ne: Yeremot, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu. Deɛ ɔtɔ so dunsia ne: Hanania, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu. Deɛ ɔtɔ so dunson ne: Yosbekasa, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu. Deɛ ɔtɔ so dunwɔtwe ne: Hanani, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu. Deɛ ɔtɔ so dunkron ne: Maloti, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu. Deɛ ɔtɔ so aduonu ne: Eliata, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu. Deɛ ɔtɔ so aduonu baako ne: Hotir, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu. Deɛ ɔtɔ so aduonu mmienu ne: Gidalti, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu. Deɛ ɔtɔ so aduonu mmiɛnsa ne: Mahasiot, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu. Deɛ ɔtɔ so aduonu nnan ne: Romamti-eser, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Apono ano ahwɛfoɔ no mu nkyekyɛmu nie: Korafoɔ no mu: Kore ba Meselemia, ɔfiri Asaf mma mu. Na Meselemia wɔ mma: Sakaria n’abakan, Yediael tɔ so mmienu, Sebadia tɔ so mmiɛnsa, Yatniel tɔ so nnan, Elam tɔ so nnum, Yohanan tɔ so nsia, Eliehoenai tɔ so nson. Na Obed-Edom wɔ mma: Semaia n’abakan, Yehosabad tɔ so mmienu, Yoah tɔ so mmiɛnsa, Sakar tɔ so nnan, Netanel tɔ so nnum, Amiel tɔ so nsia, Isakar tɔ so nson, Peuletai tɔ so nwɔtwe, na Onyankopɔn ahyira no. Na ne ba Semaia nso, wɔwoo mmammarima maa no, na wɔdii wɔn agya fie so, na wɔyɛ mmarima a wɔtumi wɔn ho. Semaia mma ne: Otni ne Refael ne Obed, Elsabad a ne nuanom Elihu ne Semakia yɛ nnipa a wɔtumi wɔn ho. Yeinom nyinaa firi Obed-Edom mma mu, wɔne wɔn mma ne wɔn nuanom, mmarima a wɔtumi wɔn ho a wɔwɔ ɔsom mu ahoɔden, wɔyɛ aduosia mmienu a wɔyɛ Obed-Edom asefoɔ. Na Meselemia wɔ mma ne anuanom, nnipa a wɔtumi wɔn ho, dunwɔtwe. Na Hosa a ɔfiri Merari mma mu no wɔ mma: Simri ne panin, (ɔnyɛ abakan deɛ, nanso n’agya na ɔde no sii tire). Hilkia tɔ so mmienu, Tebalia tɔ so mmiɛnsa, Sakaria tɔ so nnan; Hosa mma ne ne nuanom nyinaa yɛ dummiɛnsa. Yeinom ne apono ano ahwɛfoɔ no nkyekyɛmu, sɛdeɛ mmarima no atitire teɛ. Wɔwɔ ɔwɛn adwuma wɔn nuanom ntentensoɔ, sɛ wɔnsom AWURADE fie. Na wɔtwee ntonto, nkumaa ne akɛseɛ so, sɛ wɔn mpanimfie teɛ, de yiyii wɔn apono. Na apueeɛ ntonto no firi maa Selemia. Na ne ba Sakaria a ɔyɛ nimdeɛ mu fotufoɔ no nso, wɔtwee ntonto no, ɔnyaa atifi fam. Obed-Edom nyaa anafoɔ fam, na ne mma deɛ ne anoboa dan no. Supim ne Hosa deɛ wɔ atɔeɛ fam, Saleket pono ho, aforoeɛ tempɔn no so, ɔwɛn wɔ ɔwɛn ntentensoɔ. Lewifoɔ baasia wɔ apueeɛ, baanan wɔ atifi fam da biara, baanan wɔ anafoɔ fam da biara, na anoboa dan no ho deɛ, baanu baanu. Parbar a ɛwɔ atɔeɛ fam no, nnipa baanan wɔ ɔtempɔn no ano, na baanu wɔ Parbar ho. Yeinom ne apono ano ahwɛfoɔ nkyekyɛmu no, Korafoɔ mma ne Merari mma no mu. Na Ahia a ɔyɛ Lewifoɔ no mu bi di Nyankopɔn fie akoradeɛ ne akronkronneɛ akoradeɛ no so: Ladan mma, Gersonni no mma a wɔyɛ Ladan deɛ no, Gersonni Ladan agyanom atitire: Yehieli. Yehieli mma, Setam ne ne nua Yoel, hwɛɛ AWURADE fie akoradeɛ no so. Amramfoɔ, Yisharfoɔ, Hebronfoɔ, Usielfoɔ no mu na Mose ba Gersom ba Sebuel di akoradeɛ no so panin. Na ne nuanom yɛ Eliesa deɛ: Ne ba Rehabia, ne ba Yesaia, ne ba Yoram, ne ba Sikri, ne ba Selomot. Ɔno Selomot ne ne nuanom di akronkronneɛ a Dawid a ɔyɛ ɔhene no ne agyanom atitire, mpem mpem ne ɔha ha so asafohene ne dɔm asafohene no yɛɛ no kronkron no akoradeɛ nyinaa so, akodie mu asadeɛ na wɔyii bi yɛɛ no kronkron sɛ wɔde asiesie AWURADE fie. Na nnoɔma nyinaa nso a ɔdehunufoɔ Samuel ne Kis ba Saulo ne Ner ba Abner ne Seruia ba Yoab yɛɛ no kronkron no, ɛhyɛ Selomot ne ne nuanom nsa. Yisharfoɔ mu na Kenania ne ne mma yɛ Israel so anihumafoɔ adwuma mu, wɔyɛ atwerɛfoɔ ne atemmufoɔ. Hebronfoɔ mu na Hasabia ne ne nuanom, nnipa a wɔtumi wɔn ho, apem ahanson, hwɛɛ Israel so, Yordan atɔeɛ fam, AWURADE adwuma ne ɔhene som nyinaa fam. Hebronfoɔ no mu na Yeria yɛ panin sɛdeɛ Hebronfoɔ no awoɔ ntoatoasoɔ ne agyanom teɛ. (Dawid ahennie afe a ɛtɔ so aduanan mu na wɔhwehwɛɛ wɔn mu, na wɔhunuu wɔn mu mmarima a wɔtumi wɔn ho wɔ Yaser-gilead.) Na ne nuanom, nnipa a wɔtumi wɔn ho yɛ mpennu ahanson, na Ɔhene Dawid de wɔn sisii Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no so, Nyankopɔn ne ɔhene nsɛm nyinaa fam.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Israel mma a wɔabu wɔn ano agyanom atitire, ne mpem mpem ne ɔha ha so asafohene, ne wɔn ahwɛfoɔ a wɔsom ɔhene akuo akuo ahodoɔ no nsɛm nyinaa mu, wɔn a wɔba ne wɔn a wɔfiri adi bosome biara, afe mu abosome nyinaa mu nkyekyɛmu mmaako mmaako no yɛ nnipa mpemaduonu nnan. Bosome a ɛdi kan mu kuo a ɛdi kan no so na Yasobeam Sabdiel ba die, na ne nkyekyɛmu no mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan. Ɔfiri Peres mma mu na ɔdi dɔm asafohene nyinaa so, bosome a ɛdi kan no mu. Na bosome a ɛtɔ so mmienu no kuo so na Ahohini Dodai die, na ne kuo so bapɔmma ne Miklot; na ne kuo no mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan. Bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no dɔm so safohene a ɔtɔ so mmiɛnsa ne Ɔsɔfoɔ Yehoiada ba Benaia, ɔyɛ panin, na ne kuo no mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan. Ɔno Benaia ne aduasa no mu dɔmmarima a ɔdi aduasa no soɔ, na ne ba Amisabad fra ne kuo mu. Deɛ ɔtɔ so nnan, bosome a ɛtɔ so nnan mu, ne Yoab ne nua Asahel, na ne ba Sebadia wɔ n’akyi, na ne kuo no mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan. Deɛ ɔtɔ so nnum bosome a ɛtɔ so nnum mu ne ɔsafohene Yisrahini Samhut, na ne nkyekyɛmu mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan. Deɛ ɔtɔ so nsia bosome a ɛtɔ so nsia mu, ne Tekoani Ikes ba Ira, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan. Deɛ ɔtɔ so nson, bosome a ɛtɔ so nson, mu ne Pelonni Heles a ɔfiri Efraim mma mu, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan. Deɛ ɔtɔ so nwɔtwe, bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu, ne Husani Sibekai a ɔfiri Serafoɔ mu, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan. Deɛ ɔtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so nkron mu, ne Anatotni Abieser a ɔfiri Benyaminfoɔ mu, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan. Deɛ ɔtɔ so du, bosome a ɛtɔ so du mu, ne Netofani Maharai a ɔfiri Serafoɔ mu, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan. Deɛ ɔtɔ so dubaako, bosome a ɛtɔ so dubaako mu, ne Piratonni Benaia a ɔfiri Efraim mma mu, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan. Deɛ ɔtɔ so dummienu, bosome a ɛtɔ so dummienu mu, ne Netofani Heldai a ɔyɛ Otniel aseni, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan. Na wɔn a wɔdi Israel mmusuakuo no soɔ nie: Rubenfoɔ bapɔmma ne Sikri ba Eliesa; Simeonfoɔ mu: Maaka ba Sefatia; Lewifoɔ mu: Kemuel ba Hasabia; Aaron asefoɔ mu: Sadok; Yuda mu: Elihu a ɔfiri Dawid nuanom mu; Isakar mu: Mikael ba Omri; Sebulon mu: Obadia ba Yismaia; Naftali mu: Asriel ba Yerimot; Efraim mma mu: Asasia ba Hosea; Manase abusuakuo fa mu: Pedaia ba Yoel; Manase abusuakuo fa a ɛwɔ Gilead no mu: Sakaria ba Ido; Benyamin mu: Abner ba Yaasiel; Dan mu: Yeroham ba Asarel. Yeinom ne Israel mmusuakuo so asafohene. Na Dawid ammu wɔn a wɔnnii mfirinhyia aduonu, ɛfiri sɛ AWURADE aka sɛ ɔbɛma Israel adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma. Seruia ba Yoab firi aseɛ kanee, na wanwie. Na yei nti abufuo baa Israel so, na dodoɔ no, wɔantwerɛ no Ɔhene Dawid berɛsosɛm nwoma no mu. Na ɔhene akoradeɛ no so na Adiel ba Asmawet ɔhwɛ, na akoradeɛ a ɛwɔ asase no soɔ, nkuro ne nkurowa ne abantenten mu no so na Usia ba Yonatan hwɛ. Na wɔn a wɔyɛ mfuo mu adwuma dɔ asase no so na Kelub ba Esri die. Na bobe nturo so na Ramatni Simei die, na bobe nturo no mu akoransa no so na Sifimni Sabdi die. Na ngo nnua ne akyee a ɛwɔ mpaperɛ soɔ no so na Gederni Baal-hanan die. Na ngo akoradeɛ no so na Yoas die. Na anantwie a wɔyɛne wɔn Saron no so na Saronni Sitrai die, na mmonhwa no mu anantwie so na Adlai ba Safat die. Na yoma so na Ismaelni Obil hwɛ, na mfunumu so na Meronotni Yehedia hwɛ. Na nnwan so na Hagarni Yasis hwɛ. Yeinom nyinaa yɛ Ɔhene Dawid nnoɔma so ahwɛfoɔ. Na Dawid n’agya nua Yonatan ne ɔfotufoɔ, ɔyɛ ɔbarima nhunumufoɔ, na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ nso. Ɔno ne Hakmoni ba Yehiel na ɔtetee ɔhene mma no. Na Ahitofel ne ɔhene fotufoɔ, na Arkini Husai ne ɔhene adamfo. Na Ahitofel akyi na Benaia ba Yehoiada ne Abiatar diiɛ. Na ɔhene no sahene ne Yoab.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Dawid hyiahyiaa Israel mmapɔmma nyinaa, mmusuakuo so mmapɔmma ne akuo so asafohene a wɔsom ɔhene no, ne mpem mpem so asafohene, ne ɔha ha so asafohene, ne ɔhene ne ne mma ahodeɛ ne mmoa nyinaa so asafohene, wɔne mpiadifoɔ, ne nnɔmmarima no, ne mmarima a wɔawedare wɔ ɔko mu nyinaa baa Yerusalem. Na Ɔhene Dawid sɔre gyinaa ne nan so kaa sɛ: Me nuanom ne me man, montie me! Me deɛ, na ɛwɔ m’akoma mu sɛ mɛsi homebea fie mama AWURADE apam adaka no, na ayɛ yɛn Nyankopɔn nan ntiasoɔ. Na masiesie ne sie no ho. Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ me sɛ: Nsi efie mma me din, ɛfiri sɛ woyɛ ɔkofoni nipa na woaka mogya nso agu. Na AWURADE, Israel Nyankopɔn ayi me afiri m’agya fiefoɔ nyinaa mu sɛ menni Israel so hene nkɔsi daa. Na wayi Yuda asi no panin, na Yuda fie mu nso wayi m’agya fie, na m’agya mma mu nso ɔpɛɛ m’asɛm sɛ ɔde me bɛsi Israel nyinaa soɔ, na me mma nyinaa mu no, (ɛfiri sɛ AWURADE ama me mma pii,) wayi me ba Salomo sɛ ɔntena AWURADE ahennie adwa a wɔde di Israel soɔ no so. Na waka akyerɛ me sɛ: Wo ba Salomo na ɔbɛsi me fie ne m’abannwa no. Na mayi no ayɛ ɔba, na me nso mɛyɛ no agya. Na sɛ ɔkura mu di me mmara nsɛm ne m’atemmudeɛ so sɛ ɛnnɛ da yi a, mɛma n’ahennie atim akɔsi daa. Na afei, Israel a wɔyɛ AWURADE badwa no nyinaa anim ne yɛn Nyankopɔn aso mu, mese: Monhwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn mmara nsɛm nyinaa nni so, nhwehwɛ akyiri kwan, na moadi asase pa yi so, na moagya no awunnyadeɛ ama mo mma, mo akyi akɔsi daa. Na wo, me ba Salomo, hunu w’agya Onyankopɔn no, na fa w’akoma nyinaa ne wo kra anisɔ som no, na AWURADE peepee akoma nyinaa mu, na ɔhunu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no; na sɛ wogyaa no a, ɔbɛto wo atwene koraa. Afei hwɛ sɛ AWURADE ayi wo sɛ si efie a ɛbɛyɛ kronkronbea; hyɛ wo ho den na yɛ! Na Dawid maa ne ba Salomo asɔredan no ntwonoowa ne ɛho adan ne n’adekora mpia ne abansoro mpia ne emu fam mpia ne mpata adwa dan no nsususoɔ ne adeɛ biara a ɛwɔ ne honhom mu nsususoɔ, AWURADE fie abannwa ne mpia a ɛtwa ho hyia nyinaa, ne Nyankopɔn fie adekoraeɛ ne akronkronneɛ akoraeɛ, ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ nkyekyɛmu ne AWURADE fie som adwuma no nyinaa ne AWURADE fie som ho adeɛ nyinaa; sika deɛ no, wɔ sika nkariiɛ so, sɛ wɔmfa nyɛ ɔsom no nyinaa ho adeɛ, dwetɛ adeɛ nyinaa, ne nkariiɛ so, sɛ wɔmfa nyɛ ɔsom no nyinaa ho adeɛ; ne sika nkaneadua ne ɛho sika nkanea no nkariiɛ, sɛdeɛ kaneadua biara ne ɛho nkanea nkariiɛ teɛ, ne dwetɛ nkaneadua sɛdeɛ kaneadua biara ne ɛho nkanea nkarii teɛ, sɛdeɛ nkaneadua no nyinaa ho som teɛ no; ne kyerɛ paanoo pono biara sika a wɔakarie ne dwetɛ apono no dwetɛ; ne adinam ne nkoraa ne nkuruwa ho sika amapa, ne sika mmonsua deɛ, sɛdeɛ ebiara nkariiɛ teɛ, ne dwetɛ mmonsua deɛ, sɛdeɛ ebiara nkariiɛ teɛ; ne aduhwam hyeɛbukyia no ho sika a wɔayiyi mu, ne nkariiɛ so; ne teaseɛnam a ɛne sika kerubim a wɔtrɛ mu kata AWURADE apam adaka no soɔ no nsususoɔ. Ne nyinaa wɔ atwerɛeɛ a ɛfiri AWURADE nsam baa me soɔ no mu na ɔkyerɛɛ me nsususoɔ nnwuma no nyinaa. Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Salomo sɛ: Hyɛ wo ho den na mia w’ani, na yɛ, nsuro na mma w’akoma nntu, na AWURADE Nyankopɔn, me Nyankopɔn no, di w’akyi. Ɔrempa wo, na ɔrennya wo de bɛkɔ akɔsi sɛ wobɛwie AWURADE fie som adwuma no nyinaa. Na hwɛ, asɔfoɔ ne Lewifoɔ akuakuo a wɔbɛsom Nyankopɔn fie som nyinaa nie. Na adwuma no nyinaa mu, nnipa a wɔyi wɔn yam, na wɔwɔ ɔsom nyinaa ho nyansa, ne asafohene no ne ɔman no nyinaa, wɔ wo nsam.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ badwa no nyinaa sɛ: Me ba Salomo, a ɔno nko na Onyankopɔn ayi no no, yɛ abɔfra, na ɔnni suahunu, na adwuma no so, ɛfiri sɛ ahemfie no nyɛ onipa dea, na ɛyɛ AWURADE Nyankopɔn dea. Na me tumi nyinaa, na mede masiesie me Nyankopɔn fie no ho sika ama sika adeɛ, ne dwetɛ ama dwetɛ adeɛ, ne kɔbere mfrafraeɛ adeɛ ho kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ adeɛ nso dadeɛ, ne nnua adeɛ, nnua, apopobibire aboɔ ne nhyehyɛmu aboɔ, aboɔ hyɛnhyɛn ne aboɔ nworonnworan ne aboɔden aboɔ nyinaa ne abofufuo pii pa. Nanso me Nyankopɔn fie ho anisɔ nti, me sika ne dwetɛ akoradeɛ a ɛwɔ me hɔ no, mede mama me Nyankopɔn fie no apae deɛ masiesie asie kronkronbea fie no nyinaa so. Sika dwetikɛseɛ mpensa, Ofir sika ne dwetɛ a wɔayiyi mu dwetikɛseɛ mpemnson, sɛ wɔmfa nnura adan no afasuo no ho, na wɔmfa sika no nyeyɛ sika nnoɔma, na wɔmfa dwetɛ no nyeyɛ dwetɛ nnoɔma, na wɔmfa nyɛ adwumfoɔ nsa ano adwuma no nyinaa. Na afei, hwan na ɔyi ne yam ama, na wadwira ne ho ama AWURADE nnɛ? Ɛnna agyanom mmapɔmma ne Israel mmusuakuo mmapɔmma ne mpem mpem ne ɔha ha so asafohene ne ɔhene adwuma so ahwɛfoɔ no nyaa ɛho anigyeɛ, na wɔmaa Nyankopɔn fie som no ho sika dwetikɛseɛ mpemnum ne sika dare mpemdu ne dwetɛ dwetikɛseɛ mpemdu ne kɔbere mfrafraeɛ dwetikɛseɛ mpemdunwɔtwe ne dadeɛ dwetikɛseɛ mpemha. Na wɔn a wɔhunuu wɔn hɔ aboɔ no, de maa AWURADE fie akoradeɛ no, de hyɛɛ Gersonni Yehiel nsa. Na ɔman no ani gyee deɛ wɔyii wɔn yam de maeɛ no ho, ɛfiri sɛ akoma mu nyinaa na wɔde yii wɔn yam de maa AWURADE, na Ɔhene Dawid nso ani gyee anigyeɛ kɛse. Na Dawid hyiraa AWURADE, badwa no nyinaa anim, na Dawid kaa sɛ: Nhyira ne wo, AWURADE, yɛn agya Israel Nyankopɔn, firi daa kɔsi daa. Wo AWURADE na kɛseyɛ, mmaninyɛ, animuonyam, nkonimdie ne aseda wɔ woɔ, na deɛ ɛwɔ ɔsoro ne asase soɔ nyinaa wɔ wo. Wo, AWURADE, na ahennie wɔ woɔ, na wo na wokorɔn wɔ adeɛ nyinaa soɔ. Na ahonya ne animuonyam firi w’anim, na wo na wodi adeɛ nyinaa soɔ, na wo nsam na ahoɔden ne mmaninyɛ wɔ, na nnipa nyinaa kɛseyɛ ne denhyɛ wɔ wo nsam. Na afei, yɛn Nyankopɔn, yɛn deɛ, yɛda wo ase, na yɛyi w’animuonyam din no ayɛ. Na hwan ne me, na hwan ne me man, na yɛanya ahoɔden sɛ yɛbɛyi yɛn yam ama adeɛ seyie? Na wo nkyɛn na ne nyinaa fire, na wo nsam na yɛnyaa no, na yɛde ama woɔ yi. Na ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ ne yɛn wɔ w’anim, sɛ yɛn agyanom nyinaa. Yɛn nna te sɛ sunsum asase so, na anidasoɔ biara nni hɔ. AWURADE yɛn Nyankopɔn, ade kuo yi a yɛasiesie sɛ yɛde rebɛsi efie ama wo din kronkron yi nyinaa, wo nsam na ɛfire, na wo na ne nyinaa wɔ woɔ. Na menim, me Nyankopɔn, sɛ wo deɛ, wosɔ akoma hwɛ, na teeyɛ na ɛsɔ w’ani. Me deɛ, m’akomam teeyɛ mu na mayi me yam ama yeinom nyinaa, na afei wo man a wɔhu wɔn ɛha yi nso, mede anigyeɛ mahunu sɛ wɔn nso ayi wɔn yam ama wo adeɛ. AWURADE, yɛn agyanom Abraham ne Isak ne Israel Nyankopɔn, fa yei sie wo man akoma mu, adwene mu, nsusuiɛ mu, kɔsi daa, na siesie wɔn akoma bra wo nkyɛn. Na me ba Salomo no, ma no akoma a ɛdi mu, na ɔnhwɛ wo mmara nsɛm, w’adanseɛ ne w’ahyɛdeɛ, na ɔnyɛ ne nyinaa, na ɔnsi ahemfie a masiesie ho asie no. Na Dawid ka kyerɛɛ badwa no nyinaa sɛ: Monhyira AWURADE mo Nyankopɔn no ɛ! Na badwa no nyinaa hyiraa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wɔkoto sɔree AWURADE ne ɔhene. Na wɔbobɔɔ AWURADE afɔdeɛ, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE, da no. Na adeɛ kyeeɛ no, wɔde anantwinini apem, adwennini apem, nnwan mma apem ne wɔn ho ahwiesa ne afɔdeɛ pii pa maa Israel nyinaa. Na wɔde anigyeɛ kɛseɛ didi nomee, AWURADE anim da no. Na wɔsii Dawid ba Salomo hene ne mprenu so, na wɔsraa no ngo maa AWURADE sɛ bapɔmma, na Sadok nso wɔhyɛɛ no ɔsɔfoɔ. Na Salomo tenaa AWURADE adwa so dii n’agya Dawid adeɛ, na ɔyɛɛ prɔmprɔm, na Israel nyinaa tiee no. Na mmapɔmma no nyinaa ne nnɔmmarima no nyinaa ne Ɔhene Dawid mma no nyinaa nso de wɔn ho hyɛɛ Ɔhene Salomo ase. Na AWURADE maa Salomo so kɛse pa ara Israel nyinaa ani so, na ɔhyɛɛ no ahennie mu animuonyam a ahemfo a wɔdii Israel soɔ dii n’anim no biara nnyaa bi da. Saa na Yisai ba Dawid dii Israel nyinaa so hene. Na nna a ɔde dii Israel soɔ no yɛ mfirinhyia aduanan. Ɔdii hene mfeɛ nson wɔ Hebron, na Yerusalem deɛ, ɔdii mfeɛ aduasa mmiɛnsa. Na ɔwuu onyini pa mu a nna ne adedodoɔ ne animuonyam amee no. Na ne ba Salomo bɛdii n’adeɛ. Na Ɔhene Dawid nsɛm a ɛdi kan ne deɛ ɛdi akyire no, hwɛ, wɔatwerɛ no Ɔdehunufoɔ Samuel nsɛm ne Odiyifoɔ Natan Nsɛm ne Ɔdehwɛfoɔ Gad nsɛm mu. Yeinom da n’ahennie ne ne mmaninyɛ nyinaa, ne deɛ ɛsii ne berɛ so a ɛfa ɔno ara ne ho, Israel ho, ne aman ahennie nyinaa ho adi.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Me, ɔpanin no, twerɛ kɔma Awuraa a wɔayi no, ne ne mma a medɔ wɔn nokorɛ mu, na ɛnyɛ me nko ara, na wɔn a wɔahunu nokorɛ no nyinaa, nokorɛ a ɛte yɛn mu na ɛne yɛn bɛtena hɔ daa no nti: Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ mfiri Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo, Agya no Ba no, nkyɛn mmra yɛn so, nokorɛ ne ɔdɔ mu. M’ani agye kɛse, sɛ mahunu wo mma no mu bi sɛ wɔnam nokorɛ mu, sɛdeɛ yɛanya ahyɛdeɛ firi Agya no nkyɛn no. Na afei, Awuraa, mesrɛ wo, ɛnyɛ sɛ meretwerɛ wo ahyɛdeɛ foforɔ, na mmom deɛ yɛnya firi mfitiaseɛ no ara, sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no. Na yei ne ɔdɔ no, sɛ yɛbɛnante sɛdeɛ ahyɛdeɛ no teɛ. Yei ne ahyɛdeɛ no, sɛdeɛ moate firi mfitiaseɛ, sɛ monnante mu. Na nnaadaafoɔ bebree aba wiase a wɔmpae mu nka sɛ Yesu Kristo aba honam mu. Yeinom ne ɔdaadaafoɔ ne antikristo no. Monhwɛ mo ho yie, na moanhwere deɛ yɛayɛ adwuma anya no, na mmom moanya akatua mu. Obiara a ɔfom na ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ no mu no, ɔnni Onyankopɔn. Na deɛ ɔtena nkyerɛkyerɛ no mu no, ɔno na ɔwɔ Agya no ne Ɔba no. Sɛ obi ba mo nkyɛn na ɔnkura nkyerɛkyerɛ yi a, monnnye no nnkɔ mo fie, nso monnkyea no! Na deɛ ɔkyea no no yɛ ne nnwuma bɔne no fafafoɔ. Mewɔ nsɛm pii a anka mɛtwerɛ mabrɛ mo deɛ, nanso mempɛ sɛ mede krataa ne adubire metwerɛ. Na m’ani da so sɛ mɛba mo nkyɛn na yɛde ano ne ano akasa, na yɛn anigyeɛ awie pɛyɛ. Wo nuabaa a wɔayi no no mma no kyea wo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so yɛ Yesu Kristo somafoɔ ne onua Timoteo de kɔma Nyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto ne ahotefoɔ nyinaa a wɔwɔ Akaia man nyinaa mu. Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Ayeyie nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n’Agya a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya ne awerɛkyekyerɛ nyinaa Nyankopɔn a, ɔkyekyere yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu, na yɛatumi afa awerɛkyekyerɛ a Onyankopɔn de kyekyere yɛn werɛ no so, akyekyere wɔn a wɔwɔ ahohia biara mu werɛ. Na sɛdeɛ Kristo amanehunu a ɛso pa ara ba yɛn soɔ no, saa ara nso na yɛn awerɛkyekyerɛ nam Kristo so boro soɔ. Na sɛ wɔteetee yɛn a, ɛyɛ awerɛkyekyerɛ ne nkwagyeɛ ma mo, na sɛ wɔkyekyere yɛn werɛ a, ɛyɛ awerɛkyekyerɛ ma mo; ɛno na ɛdi dwuma boasetɔ mu amaneɛ a yɛn nso yɛhunu no ara mu. Na mo ho anidasoɔ a yɛwɔ no mu yɛ den, ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ sɛdeɛ mohunu amaneɛ no bi no, saa ara nso na monya awerɛkyekyerɛ no bie. Na, anuanom, yɛmpɛ sɛ yɛde ahohia a ɛbaa yɛn so Asia no sie mo, sɛ ɛhyɛɛ yɛn so boroo yɛn tumi so, maa afei yɛn kɔn dɔɔ wuo. Na yɛn ara yɛhunuu no yɛn mu sɛ yɛbɛwu, enti yɛamfa yɛn ho anto yɛn ho so, na mmom yɛde yɛn ho too Onyankopɔn a ɔnyane awufoɔ no so. Deɛ ɔyii yɛn firii saa owuo kɛseɛ yi mu no bɛkɔ so ara ayi yɛn, na yɛn ani da no so sɛ ɔbɛyi yɛn bio. Mo nso monkoto nsrɛ mma yɛn abia, na wɔde adom akyɛdeɛ a wɔnam nnipa pii nkotosrɛ so bɛkyɛ yɛn no, ama nnipa bebree nso ada ase ama yɛn. Na yɛn ahohoahoa ne sɛ, yɛn ahonim di yɛn adanseɛ, sɛ yɛnam Nyankopɔn kronkronyɛ ne n’ahoteɛ mu, na ɛnyɛ honam mu nyansa mu, na mmom Nyankopɔn adom mu na yɛnam bɔɔ yɛn bra wiase, ne titire no, mo ntam. Na yɛntwerɛ biribiara mmrɛ mo, gye deɛ mobɛtumi akenkan na moate aseɛ; na m’ani da so sɛ mobɛte aseɛ awie, sɛdeɛ mo nso moate yɛn aseɛ fa-ne-fa, sɛ yɛyɛ mo ahohoahoa, sɛdeɛ mo nso moyɛ yɛn deɛ, yɛn Awurade Yesu da no. Na saa ahotosoɔ yi mu na mebɔɔ me tirim kane no sɛ anka mɛba mo nkyɛn, na moanya adom mmɔho, na mabɛfa mo nkyɛn makɔ Makedonia, na masane mafiri Makedonia maba mo nkyɛn bio, na moagya me kwan ma makɔ Yudea. Enti mebɔɔ me tirim saa no, medii adwenharesɛm anaa? Anaasɛ me tirim a mebɔeɛ no, mebɔɔ no honam fam, na m’asɛm ayɛ aane, aane ne dabi, dabi anaa? Na Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ nti, yɛn asɛm a yɛka kyerɛɛ mo no nnyɛ aane ne dabi. Na Nyankopɔn ba Kristo Yesu a me ne Silwano ne Timoteo kaa ne ho asɛm mo mu no, anyɛ aane ne dabi, na aane mmom na ɛwɔ ne mu. Ɛfiri sɛ, Nyankopɔn bɔ dodoɔ a ɔhyɛeɛ no, ɔno mu na aane no wɔ, na ne mu nso na Amen no wɔ ma wɔnam yɛn so hyɛ Onyankopɔn animuonyam. Na deɛ ɔde yɛne mo tim Kristo mu na wasra yɛn no ne Onyankopɔn; ɔno nso na wasɔ yɛn ano, na wama yɛn Honhom no de ayɛ dwaha ama yɛn wɔ yɛn akoma mu. Na me deɛ, mefrɛ Onyankopɔn sɛ ɔnni me kra adanseɛ sɛ, mempɛ sɛ mebɛho mo werɛ nti na mamma Korinto bio no. Ɛnyɛ sɛ yɛhyɛ mo so wɔ mo gyidie ho, na mmom yɛyɛ mo anigyeɛ ho yɔnko adwumayɛfoɔ; ɛfiri sɛ gyidie na mode gyina hɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na meyɛɛ m’adwene sɛ meremfa awerɛhoɔ memma mo nkyɛn bio. Na sɛ meho mo werɛ a, na hwan na ɔma me bo tɔ me yam sɛ deɛ mehoo ne werɛ no ara? Na metwerɛɛ ade korɔ yi ara, na sɛ menya meba a, wɔn a ɛsɛ sɛ wɔgye m’ani no anho me werɛ; ɛfiri sɛ mewɔ mo mu awerɛhyɛmu sɛ m’anigyeɛ yɛ mo nyinaa dea. Na mefiri akoma mu ahohia ne ahometeɛ pii mu de nisuo bebree na metwerɛɛ mo, ɛnyɛ sɛdeɛ mo werɛ bɛhoɔ, na mmom sɛdeɛ mobɛhunu ɔdɔ kɛseɛ a mewɔ ma mo. Na sɛ obi ayi awerɛhoɔ a, ɛnyɛ me na wayi me awerɛhoɔ, na ɔkwan bi so no — meka yei na me kasa no mu anyɛ den dodo — ɛyi mo nyinaa awerɛhoɔ. Ka a mo mu bebree aka saa onipa no anim no dɔɔso ma no, enti afei momfa nkyɛ mmom na monkyekyere ne werɛ, na awerɛhoɔ bebree no ammene no. Enti metu mo fo sɛ monyi ɔdɔ adi nkyerɛ no. Na yei nti nso na metwerɛeɛ, sɛ mɛhunu sɛ wɔasɔ mo ahwɛ ahunu sɛ mo aso yɛ mmerɛ wɔ adeɛ nyinaa mu anaa? Na deɛ mode biribi kyɛ no no, me nso mede kyɛ no. Na sɛ mede biribi makyɛ a, deɛ mede makyɛ no, mo nti na mede kyɛɛ Kristo anim; na Satan anni yɛn amim; ɛfiri sɛ yɛnim n’akwan. Nanso mebaa Troa bɛkaa Kristo asɛmpa, na wɔbuee ɛpono maa me Awurade mu no, mannya honhom mu ahomeka, ɛfiri sɛ manhunu me nua Tito; enti mekraa wɔn mefirii hɔ mekɔɔ Makedonia. Na aseda nka Onyankopɔn a ɔma yɛdi Kristo mu nkonim daa, na ɔnam yɛn so yi ne nimdeɛ ho hwa adi mmaa nyinaa; ɛfiri sɛ yɛyɛ Kristo aduhwam ma Onyankopɔn, de ma wɔn a wɔregye wɔn nkwa ne wɔn a wɔreyera nyinaa. Yɛyɛ owuo hwa a ɛde kɔ owuo mu ma ebinom, na yɛyɛ nkwa hwa a ɛde kɔ nkwa mu ma ebinom nso. Na hwan na ɔfata yeinom? Na yɛnte sɛ nnipa bebree a wɔnenam tɔn Nyankopɔn asɛm no, na mmom sɛ wɔn a wɔyi wɔn yam kasa, Nyankopɔn mu; na yɛkasa Kristo mu wɔ Nyankopɔn anim.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yɛrefiti aseɛ bio ayi yɛn ho ayɛ anaa? Anaasɛ ɛhia ma yɛn sɛ yɛde ayeyie krataa brɛ mo anaasɛ yɛnya bi firi mo nkyɛn, sɛdeɛ ebinom yɛ no anaa? Mone yɛn krataa a wɔatwerɛ no yɛn akoma mu a nnipa nyinaa hunu na wɔkenkan, na moda adi sɛ moyɛ Kristo krataa a wɔnam yɛn som so twerɛeɛ; wɔamfa adubire, na mmom wɔde Onyankopɔn teasefoɔ no honhom na ɛtwerɛeɛ, ɛnyɛ aboɔ apono so, na mmom akoma ho nam apono so. Saa ahotosoɔ yi na yɛnam Kristo so anya wɔ Nyankopɔn fam. Ɛnyɛ sɛ yɛn ara yɛfata sɛ yɛbɛsusu ahunu biribi sɛdeɛ ɛfiri yɛn ara yɛn mu, na mmom yɛn fata a yɛfata no firi Nyankopɔn mu. Ɔno na wama yɛafata sɛ apam foforɔ ho asomfoɔ, nyɛ atwerɛdeɛ mu, na mmom honhom mu, ɛfiri sɛ atwerɛdeɛ deɛ, ɛkum, na honhom deɛ ɛma nkwa. Na sɛ owuo som no a wɔde atwerɛdeɛ kurukyire wɔ aboɔ soɔ no nyaa animuonyam maa Israel mma antumi annyene wɔn ani anhwɛ Mose anim, n’anim animuonyam a na ɛretwa mu no nti a, ɛbɛyɛ dɛn na honhom som no mmom rennya animuonyam? Na sɛ afobuo som no yɛ animuonyam a, ɛnneɛ na tenenee som no mmom boro so pii animuonyam mu. Na mpo, deɛ wɔahyɛ no animuonyam no nni yei fam animuonyam, animuonyam a ɛboro soɔ no nti. Na sɛ deɛ ɛretwa mu no nam animuonyam so a, ɛnneɛ na deɛ ɛtena hɔ no mmom wɔ animuonyam pii. Na sɛ yɛwɔ saa anidasoɔ yi nti, yɛde akokoɔduro kasa, na yɛnte sɛ Mose a ɔde nkatanimu kataa n’anim, na Israel mma antumi annyene wɔn ani anhwɛ deɛ ɛretwa mu no awieeɛ, nanso wɔn adwenem yɛɛ wɔn sum, na ɛde bɛsi nnɛ mpo, nkatanimu no da so ara da apam dada kenkan so a wɔnnya nyiiɛ, ɛfiri sɛ Kristo mu (nko) na wɔyie. Na ɛde bɛsi nnɛ mpo, sɛ wɔkenkan Mose nwoma a, nkatanimu no da so kata wɔn akoma so; na sɛ wɔdane ba Awurade nkyɛn a, wɔbɛyi nkatanimu no. Na Awurade ne honhom no; na faako a Awurade honhom wɔ no, ɛhɔ na ahofadie wɔ. Na yɛn nyinaa de yɛn ani a ɛso da hɔ hwɛ Awurade animuonyam no sɛ wɔhwɛ ahwehwɛ mu, na wɔsakyera yɛn kɔ suban korɔ no ara mu firi animuonyam mu kɔ animuonyam mu, na yei ɛfiri Awurade honhom no ara.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Saa nti, sɛ yɛnam Nyankopɔn mmɔborɔhunu so wɔ saa som yi nti, yɛmpa aba, na mmom yɛapo aniwudeɛ a ɛhunta no, na yɛnnante anifire mu, anaasɛ yɛmfra Nyankopɔn asɛm no mu, na mmom yɛda nokorɛ no adi, de yi yɛn ho kyerɛ nnipa nyinaa, Nyankopɔn anim. Na sɛ yɛn asɛmpa so akata a, ɛso akata wɔ wɔn a wɔreyera no mu; wɔn mu na wiase nyame afira wɔn a wɔnnye nnie no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Nyankopɔn suban no animuonyam asɛmpa no hann anhyerɛn amma wɔn. Na ɛnyɛ yɛn ho asɛm na yɛka, na mmom Kristo Yesu, sɛ ɔne Awurade, ɛne yɛn nso, sɛ Yesu nti yɛyɛ mo nkoa. Ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkaa sɛ hann mfiri esum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ hyerɛn. Na yɛwɔ saa agyapadeɛ yi wɔ dɔteɛ anwenneɛ mu, sɛdeɛ wɔbɛma no ada adi pefee na tumi a ɛboro soɔ no ayɛ Nyankopɔn dea, na amfiri yɛn mu. Ade nyinaa mu wɔhiahia yɛn ho, nanso yɛn home ntee; yɛn ho akyere yɛn, nanso yɛn ani ntanee. Wɔtaataa yɛn, nanso wɔmpaa yɛn akyi; wɔabɔ yɛn ato fam, nanso wɔnsɛee yɛn. Daa yɛso Awurade Yesu wuo no wɔ yɛn nipadua mu nam, na Yesu nkwa no nso ada adi yɛn nipadua mu. Ɛfiri sɛ yɛn a yɛte aseɛ yi, daa Yesu nti, wɔyi yɛn ma owuo, na Yesu nkwa no nso ada adi yɛn honam a ɛbɛwuo no mu. Enti owuo di dwuma wɔ yɛn mu, na nkwa di dwuma wɔ mo mu. Na sɛ yɛwɔ gyidie honhom korɔ no ara nti, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Megye mediiɛ, na mekasaeɛ, yɛn nso yɛgye di na enti yɛkasa nso; na yɛnim sɛ, deɛ ɔnyanee Awurade Yesu no bɛnyane yɛn nso, ne Yesu, na wayi yɛne mo akyerɛ. Aane, mo nti na ne nyinaa yɛ, na adom no adɔɔso afa nnipa pii so ama aseda aboro so ama Onyankopɔn animuonyam. Yei nti na yɛmpa aba, na sɛ yɛn honam ani nipa yi resɛe mpo a, emu nohoa nipa no dane foforɔ daa daa. Na yɛn seesei amanehunu a ɛyɛ hare yi resiesie daa animuonyam a ɛso kokuroo tra so pii ama yɛn, na yɛnhwɛ nnoɔma a wɔhunu, na mmom yɛhwɛ nnoɔma a wɔnhunu; ɛfiri sɛ nnoɔma a wɔhunu no nkyɛ na atwa mu; na nnoɔma a wɔnhunu no na ɛtena hɔ daa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yɛnim sɛ, sɛ wɔnya dwiri yɛn asase so ntomadan yi a, yɛbɛnya efie a ɛfiri Onyankopɔn, ɛdan a wɔamfa nsa ansie, a ɛwɔ hɔ daa ɔsoro. Ɛfiri sɛ yei mu deɛ, yɛsi apini na yɛn ani agyina sɛ yɛbɛhyɛ yɛn fie a ɛfiri soro no afoa so, ɛno na sɛ yɛhyɛ a, wɔrenhu yɛn adagya mu. Na yɛn a yɛte ntomadan yi mu yi si apini na ɛhyɛ yɛn so, ɛfiri sɛ ɛnsɛ sɛ yɛbɛda adagya, na mmom yɛpɛ sɛ yɛhyɛ foa soɔ, na nkwa amene deɛ ɛwuo no. Na deɛ wasiesie yɛn ama saa adeɛ yi ne Onyankopɔn a ɔno ara ankasa de Honhom no dwaha nso ama yɛn no. Enti yɛhyɛ yɛn ho den daa, na yɛnim sɛ yɛte fie wɔ nipadua mu yi, yɛnte fie wɔ Awurade nkyɛn; ɛfiri sɛ yɛnam gyidie mu, na ɛnyɛ anihunu so. Na yɛwɔ saa awerɛhyɛmu yi, na ɛyɛ yɛn fɛ mmom sɛ yɛbɛfiri nipadua mu fie ha akɔtena efie wɔ Awurade nkyɛn. Enti nso yɛbɔ mmɔden sɛ, sɛ yɛwɔ nipadua mu fie oo, yɛfiri hɔ oo, yɛbɛsɔ n’ani. Na ɛtwa sɛ yɛn nyinaa yɛkɔpue Kristo atemmuo adwa no anim hɔ, na obiara anya deɛ ɔnam nipadua so yɛeɛ no, papa oo, bɔne oo, sɛdeɛ ɔyɛeɛ no. Na sɛ yɛnim Awurade ho hu nti, yɛkasa kyerɛ nnipa sɛ wɔnhu no saa, na Onyankopɔn deɛ, yɛada adi ama no; na m’ani da so sɛ, yɛada adi wɔ mo ahonim mu nso. Na yɛnsane nyi yɛn ho ayɛ nkyerɛ mo bio, na mmom yɛrema mo deɛ monam so bɛhoahoa mo ho yɛn fam, na moanya deɛ mode bɛbua wɔn a wɔhoahoa wɔn ho nnipa anim na ɛnyɛ akoma mu. Na sɛ yɛbɔ dam a, yɛbɔ ma Onyankopɔn; na sɛ yɛn adwene mu da hɔ a, ɛda ma mo. Na Kristo dɔ no kanyan yɛn; ɛfiri sɛ yɛbu atɛn sɛ, ɔbaako wu maa wɔn nyinaa, enti na wɔn nyinaa awu. Na ɔwu maa wɔn nyinaa na wɔn a wɔte aseɛ no antena ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatena ase ama deɛ ɔwuiɛ na wɔnyanee no maa wɔn no. Enti ɛfiri nnɛ yi, yɛnnim obiara honam fa mu; na sɛ yɛhunuu Kristo honam fa mu mpo a, afei deɛ yɛnnim no saa bio. Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ; nnoɔma dada no atwa mu; hwɛ, nnoɔma nyinaa ayɛ foforɔ. Na yei nyinaa firi Onyankopɔn a ɔnam Kristo so apata atwe yɛn afam ne ho, na ɔde nkabom som dwumadie ama yɛn no; ɛne sɛ, Onyankopɔn wɔ Kristo mu a ɔrepata twe wiase fam ne ho, na wammu wɔn mfomsoɔ angu wɔn so, na wɔde nkabom asɛm no ahyɛ yɛn nsa. Enti yɛyɛ abɔfoɔ ma Kristo, ɛte sɛ Onyankopɔn nam yɛn so retu foɔ; yɛgyina Kristo ananmu srɛ mo sɛ: Mo ne Nyankopɔn nka mmom. Ɛfiri sɛ, deɛ ɔnnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Nyankopɔn tenenee wɔ ne mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yɛn a yɛne no bom yɛ adwuma no tu mo fo nso sɛ monnnye Nyankopɔn adom no kwa. Na ɔka sɛ: Ɛberɛ a ɛsɛ mu na matie woɔ, nkwagyeɛ da mu na maboa woɔ! Hwɛ, ɛnnɛ ne adom berɛ; hwɛ, ɛnnɛ ne nkwagyeɛ da. Na yɛnto obiara suntidua, na wɔannya mfomsoɔ biara wɔ yɛn som ho, na mmom nnoɔma nyinaa mu, yɛyi yɛn ho kyerɛ sɛ Nyankopɔn asomfoɔ: Boasetɔ pii mu, ahohia mu, ahokyere mu, ahometeɛ mu; ɛhweɛ mu, afiaseda mu, mansotwe mu, adwuma den mu, ɛpɛsire mu, mmuada mu; ahoteɛ mu, nimdeɛ mu, abodwokyɛre mu, ayamyɛ mu, Honhom Kronkron mu, ɔdɔ a nkontompo nni mu mu; nokorɛ asɛnka mu, Nyankopɔn tumi mu, tenenee akodeɛ mu wɔ nifa ne benkum; animuonyam ne animguaseɛ mu, atenka bɔne ne atenka pa mu; sɛ asisifoɔ, nanso wɔyɛ nokwafoɔ; sɛ wɔn a wɔnnim wɔn, nanso wɔnim wɔn yie, sɛ wɔn a wɔrewuo, na hwɛ, yɛte ase; sɛ wɔn a wɔtwe wɔn aso, nanso wɔnkum wɔn; sɛ awerɛhofoɔ, nanso wɔn ani gye daa; sɛ ahiafoɔ, nanso wɔma nnipa bebree nya wɔn ho; sɛ wɔn a wɔnni hwee, nanso wɔwɔ nnoɔma nyinaa. O Korintofoɔ, yɛaka no pefee akyerɛ mo, yɛn akoma mu atrɛ. Ɛnyɛ yɛn mu na monsene, na mmom mo ara mo yam na monsene. Na mo nso — meka yei kyerɛ mo sɛ mma — montrɛ mo mu saa ara mfa ntua ka. Mo ne wɔn a wɔnnye nnie ntwe kɔnnua korɔ; twaka bɛn na tenenee ne amumuyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne esum wɔ? Na koroyɛ bɛn na ɛwɔ Kristo ne Belial ntam? Anaasɛ kyɛfa bɛn na ogyidini ne deɛ ɔnnye nnie wɔ? Na baakoyɛ bɛn na Nyankopɔn asɔrefie ne abosom wɔ? Na yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte aseɛ no asɔrefie, sɛdeɛ Onyankopɔn aka sɛ: Mɛtena wɔn mu, na manante wɔn mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔayɛ me man. Enti momfiri wɔn mu, na monte mo ho mfiri wɔn mu, Awurade na ɔseɛ, na monnka deɛ ɛyɛ fi; na me nso magye mo, na mayɛ mo agya, na moayɛ me mmammarima ne mmammaa, Awurade Tumfoɔ na ɔseɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Afei sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfoɔ, momma yɛnhohoro yɛn ho mfiri honam ne honhom mu fi nyinaa ho, na yɛawie yɛn ahoteɛ Onyankopɔn suro mu. Mommue mo akoma mu mma yɛn; yɛnyɛɛ obiara bɔne, yɛnsɛee obiara, yɛnsisii obiara. Menka yei wɔ afobuo kwan so; ɛfiri sɛ maka dada sɛ, sɛ yɛwu oo, yɛte ase oo, mohyɛ yɛn akoma mu. Mewɔ akokoɔduro kɛseɛ wɔ mo ho, mewɔ mo ho ahohoahoa pii; awerɛkyekyerɛ ahyɛ me ma, na m’anigyeɛ aboro so pii yɛn ahohia nyinaa mu. Na yɛbaa Makedonia no nso, yɛn honam annya ahome biara, na mmom yɛn ho hiahiaa yɛn afa nyinaa: Ɔko atwa yɛn ho ahyia, na ehu ahyɛ yɛn mu ma; nanso Onyankopɔn a ɔkyekyere ahobrɛaseɛfoɔ werɛ no de Tito ba a ɔbaeɛ no kyekyeree yɛn werɛ. Na ɛnyɛ ne ba no nko ara, na mmom awerɛkyekyerɛ nso a ɔnyaa no mo ho berɛ a ɔkaa mo anigyina wɔ yɛn ho, mo awerɛhodie, me ho mmɔden a mobɔ a ɛmaa m’ani gyee pii kyerɛɛ yɛn no. Na sɛ mede me krataa no maa mo werɛ hoo mpo a, (mennu me ho); na sɛ menuu me ho nso a, na mehunu sɛ krataa no, sɛ ɛyɛ dɔnhwereɛ pɛ mpo a, ɛhoo mo werɛ. Afei m’ani agye, ɛnyɛ sɛ mo werɛ hoeɛ ntira, na mmom sɛ mo werɛ ho kɔɔ adwensakyera mu; ɛfiri sɛ mo werɛ hoo Nyankopɔn kwan so, na yɛn nti moanhwere biribi wɔ biribiara mu. Na Nyankopɔn kwan so awerɛhoɔ yɛ adwensakyera a ɛde kɔ nkwagyeɛ mu, a wɔnnu wɔn ho wɔ ho; na ewiase awerɛhoɔ deɛ, ɛma owuo. Na mo werɛ a ɛhoo Nyankopɔn kwan soɔ no ara, monhwɛ nsiyɛ korɔ a ɛmaa mo, ɛne anoyie ne ahi ne ehu ne anigyina ne mmɔdemmɔ ne aweretɔ! Na biribiara mu no moyii mo ho kyerɛɛ sɛ mo ho te, asɛm no mu. Enti sɛ metwerɛɛ mo a, na ɛnyɛ deɛ ɔyɛɛ bɔne no ntira, nso ɛnyɛ deɛ wɔyɛɛ no bɔne no ntira, na mmom sɛdeɛ nsiyɛ a mowɔ no yɛn ho no bɛda adi mo Nyankopɔn anim. Yei nti yɛn werɛ akyekye. Na yɛn awerɛkyekyerɛ yi mu yɛn ani gye boroo so, ɛnam Tito anigyeɛ no nti, ɛfiri sɛ mo nyinaa momaa ne honhom nyaa ahotɔ. Na sɛ mede mo mehoahoa me ho mekyerɛɛ no a, m’ani anwu, na mmom sɛdeɛ yɛkaa mo nsɛm nyinaa nokorɛ mu no, saa ara nso na yɛn ahoahoa a yɛhoahoaa yɛn ho wɔ Tito anim no ayɛ nokorɛ. Na n’akoma wɔ mo ho pii boro so, na ɔkae mo nyinaa setie, sɛdeɛ mode suro ne ahopopoɔ gyee no no. M’ani agye sɛ biribiara mu mewɔ mo mu awerɛhyɛmu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Nanso, anuanom, yɛrema moahunu Nyankopɔn adom a wɔde adom Makedonia asafo no, ɛfiri sɛ, wɔn ahohiahia sɔhwɛ kɛseɛ mu no, wɔn anigyeɛ buu so maa wɔn wɔ wɔn hia bebrebe mu mpo, wɔyii ayamyɛ kɛseɛ kyerɛe; na medi wɔn ho adanseɛ sɛ, wɔde wɔn ara wɔn pɛ maa sɛdeɛ wɔbɛtumi, wɔma maa no boroo wɔn ahoɔden so mpo, na wɔkoto srɛɛ yɛn pii sɛ, wɔbɛnya kyɛfa wɔ som a wɔde som ahotefoɔ wɔ adɔeyɛ ho. Na ɛnyɛ sɛdeɛ na yɛn ani da soɔ no, na mmom wɔnam Onyankopɔn pɛ so dii kan de wɔn ho maa Awurade, na afei wɔde wɔn ho maa yɛn nso, na ama yɛsrɛɛ Tito sɛ, sɛdeɛ ɔfirii aseɛ kane no, ɔnwie adɔeyɛ no saa ara wɔ mo mu. Na sɛdeɛ moboro so nnoɔma nyinaa mu no, gyidie ne kasa ne nimdeɛ ne mmɔdemmɔ nyinaa ne ɔdɔ a mode dɔ yɛn mu no, monhwɛ sɛ mobɛboro so adɔeɛ yi mu nso. Menka no ɔhyɛ so, na mmom menam ebinom mmɔdemmɔ so meresɔ mo dɔ mapa no ahwɛ. Na monim yɛn Awurade Yesu Kristo adom no, sɛ ɔyɛ ɔdefoɔ deɛ, nanso mo nti ɔbɛyɛɛ ohiani, na monam ne hia no so abɛyɛ adefoɔ. Na m’adwene a ɛwɔ ho ne sɛ, ɛfata sɛ afei mowie deɛ afe ni, ɛnyɛ ɔyɛ nko ara na mofirii aseɛ yɛeɛ, na mmom monyaa ho pɛ no nso. Na afei monwie ne yɛ no nso, na sɛdeɛ mowɔ akoma a ɛpɛ no, moafiri deɛ mowɔ no mu awie ne yɛ no saa ara. Na sɛ akoma a ɛpɛ no wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛdeɛ onii wɔ adeɛ, na ɛnyɛ sɛdeɛ ɔnnie. Na ɛnyɛ sɛ ebinom ho dwo wɔn na mo deɛ mo ho hiahia mo, na mmom sɛ ɛnyɛ pɛpɛɛpɛ nti; na saa berɛ yi mu, mo mmorosoɔ akɔgu wɔn hia mu, na wɔn mmorosoɔ nso abɛgu mo hia mu, na ayɛ pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ɔboaboaa bebree ano no, annya ammoro so, na deɛ ɔboaboaa kakraa bi ano no, anhia no hwee. Na aseda nka Onyankopɔn a ɔde mo ho mmɔdemmɔ yi ara bi ahyɛ Tito akoma mu. Ɛwɔ mu sɛ yɛn afotuo na ɔtieeɛ deɛ, nanso ne mmɔdemmɔ mmorosoɔ nti na ɔde ɔno ara ne pɛ baa mo nkyɛn. Na yɛasoma no ne onua bi a wɔayi no ayɛ wɔ asɛmpa no ka ho wɔ asafo no nyinaa mu no, na ɛnyɛ yei nko ara, na ɔno na asafo no ayi no sɛ ɔne yɛn nnante nkura adɔeyɛ a yɛsom ho yi mu, mma Awurade no ara animuonyam, na ɛnkyerɛ yɛn mmɔdemmɔ kɛseɛ no. Na yɛda yɛn ho so, na obiara annya yɛn ho asɛm anka wɔ akyɛdeɛ kɛseɛ a yɛsom ho yi ho; na yɛdwene deɛ ɛfata, ɛnyɛ Awurade anim nko, na mmom nnipa anim nso. Na yɛresoma yɛn nua a yɛanya no asɔ no ahwɛ sɛ ɔyɛ mmɔdemmɔfoɔ wɔ nnoɔma bebree mu no aka wɔn ho, na afei nso awerɛhyɛmu a ɔwɔ no mo mu nti, ɛma ne mmɔdemmɔ no boro so. Na Tito deɛ, ɔyɛ me yɔnko ne me yɔnko dwumayɛfoɔ ma mo; yɛn nuanom no deɛ, wɔyɛ asafo ahodoɔ no asomafoɔ, Kristo animuonyam. Enti monyi mo dɔ ne nhoahoa a yɛde hoahoa yɛn ho no nkyerɛ wɔn wɔ asafo ahodoɔ no anim.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛfa ahotefoɔ som no ho deɛ, ɛnhia sɛ metwerɛ mo; ɛfiri sɛ menim ɛho adwene a mowɔ a mede mehoahoa me ho mekyerɛ Makedoniafoɔ, sɛ Akaiafoɔ siesiee wɔn ho afe ni. Na mo mmɔdemmɔ no akɔkanyan nnipa bebree. Nanso masoma anuanom yi, na yɛn ahohoahoa a yɛhoahoa no mo ho no anyɛ kwa, na sɛdeɛ mekaeɛ no, moasiesie mo ho, na sɛ Makedoniafoɔ bi ne me ba, na wɔbɛto mo sɛ monsiesiee mo ho a, yɛn mpo yɛn ani bɛwu — nyɛ mene mo mmom — sɛ yɛde yɛn ho too mo soɔ. Enti medwene sɛ ɛhia sɛ metu anuanom no foɔ sɛ wɔnni yɛn anim mmra mo nkyɛn na wɔmmɛsiesie mo nhyira a mahyɛ aseɛ masie no nto hɔ, na ada hɔ sɛ nhyira, na ɛnyɛ sɛ anibereɛ. Na yei deɛ, deɛ ɔdua no kyenkyenee mu no bɛtwa no kyenkyenee mu, na deɛ ɔdua no bafuu no bɛtwa no bafuu. Sɛdeɛ obiara asusu n’akoma mu no, ɔmma, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ mu, ɛfiri sɛ deɛ ɔte n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no. Na Onyankopɔn bɛtumi sɛ ɔma adom nyinaa boro so ma mo, na nnoɔma nyinaa mu ne daa nyinaa moanya deɛ ɛdɔɔso ma mo nyinaa, na moaboro so adwuma pa nyinaa mu, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Ɔto pete, ɔde ma ahiafoɔ, ne tenenee no wɔ hɔ daa. Na deɛ ɔde aba ma ogufoɔ na ɔma paanoo sɛ aduane no, ɔbɛma aba a moguo no, na wama no adɔɔso, na wama mo tenenee aba no ase adɔre. Na moanya mo ho biribiara mu, ama ayamyɛ nyinaa a ɛnam yɛn so no ama Onyankopɔn anya aseda. Ɛfiri sɛ ɔsom yi ho adwuma deɛ, ɛnyɛ sɛ wɔde bɛyɛ deɛ ɛhia ahotefoɔ no nko ara, na mmom ɛnam aseda bebree a wɔde da Onyankopɔn no so bɛboro so. Na wɔnam mo som a wɔhunu so, bɛhyɛ Onyankopɔn animuonyam wɔ mo setie a mode ka Kristo asɛmpa no, ne mo ayamyɛ a mode boa wɔn ne nnipa nyinaa mu, na wɔn ara nso bɛbɔ mpaeɛ ama mo, na Nyankopɔn adom a aboro so agu mo soɔ no nti, wɔn ani bɛgyina mo. Na aseda nka Onyankopɔn wɔ n’akyɛdeɛ a ɛnni kabea no ho!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Me Paulo ara na menam Kristo dwoɔ a ɔdwoɔ ne n’ayamyɛ so metu mo foɔ, me a mewɔ mo nkyɛn a, meyɛ mmɔborɔfoɔ wɔ mo mu, nanso menni mo nkyɛn a, meyɛ mo ho kokoɔdurufoɔ. Na meresrɛ mo, na meba mo nkyɛn a, anhia sɛ mekyerɛ akokoɔduro a mahyɛ sɛ mede awerɛhyɛmu bɛsi me bo makyerɛ wɔ ebinom a wɔbu yɛn sɛ yɛnam honam fam no soɔ. Na yɛnam honam mu deɛ, nanso yɛntu ɔsa honam fam; ɛfiri sɛ yɛn sa a yɛtuo no akodeɛ nyɛ honam mu deɛ, na mmom ɛyɛ den Nyankopɔn anim sɛ yɛde bɛdwiri abankɛseɛ na yɛadwiri adwene ne biribiara a ɛkorɔn a wɔma so de ne Nyankopɔn nimdeɛ di asie, na yɛafa adwene nyinaa dommum de ayɛ setie ama Kristo, na yɛasiesie yɛn ho sɛ, sɛ mo setie wie pɛ yɛ a, yɛbɛtɔ asoɔden nyinaa so were. Mohwɛ honam ani adeɛ anaa? Sɛ obi de ne ho to ne ho so sɛ ɔyɛ Kristo dea a, ma ɔno ara nnwene nso sɛ, sɛdeɛ ɔno yɛ Kristo dea no, sɛ nso yɛyɛ Kristo dea ne no. Na sɛ mehoahoa me ho boro so kakra wɔ tumi a Awurade de ama yɛn mo nkɔsoɔ, na ɛnyɛ mo dwirie nti no ho mpo a, m’ani renwu, na manyɛ sɛ deɛ mede nwoma mebɛyi mo hu. Na wɔka sɛ: Ne nwoma no deɛ, emu yɛ duru, na ɛkura tumi, nanso ɔwɔ yɛn ntam a, ɔyɛ mmerɛ, na ɔkasa nso a, ahoɔden biara nnim. Ma onii no nhunu sɛ, sɛdeɛ yɛnni hɔ a yɛteɛ wɔ nwoma mu asɛm mu no, saa ara nso na yɛwɔ hɔ a yɛteɛ wɔ nneyɛɛ mu. Na yɛnsi yɛn bo sɛ yɛbu yɛn ho fra wɔn a wɔyi wɔn ho ayɛ no mu bi, anaasɛ yɛde yɛn ho to wɔn ho, na mmom wɔn a wɔde wɔn ho susu wɔn ho, na wɔde wɔn ho to wɔn ara ho no, wɔnnim nyansa. Na yɛn deɛ, yɛrenhoahoa yɛn ho mma no ntra so, na mmom sɛdeɛ susuhoma a Onyankopɔn de asusu ama yɛn sɛ yɛbɛduru mo nkyɛn bi no teɛ no. Na yɛntwe yɛn mu ntra so sɛdeɛ yɛnnuru mo nkyɛn; ɛfiri sɛ yɛde Kristo asɛmpa no abɛduru mo nkyɛn nso. Na yɛnhoahoa yɛn ho mma no ntra so wɔ ebinom adwuma mu, na yɛn ani da so sɛ, mo gyidie nyini a, yɛbɛyɛ mo mu kɛse aboro so, sɛdeɛ susuhoma no teɛ ama yɛakɔka asɛmpa no wɔ mmeammea a ɛwɔ mo akyiri nohoa, na yɛamfa obi susuhoma so anhoahoa yɛn ho deɛ wɔawie dada no ho. Na deɛ ɔhoahoa ne ho no, ma no nhoahoa ne ho wɔ Awurade mu; ɛfiri sɛ ɛnyɛ deɛ ɔyi ne ho ayɛ na ɔfata, na mmom deɛ Awurade yi no ayɛ a.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Anka monhunu me nkwaseasɛm ma me kakra ɛ! Monte me aseɛ. Na ninkunu a metwe no mo ho no, metwe no Nyankopɔn mu ninkunu. Magye mo awadeɛ sɛ ababaawa a efi nkaa no; na mede mo rekɔma ɔbarima baako a ɔno ne Kristo. Nanso mesuro sɛ ebia, sɛdeɛ ɔwɔ no de n’aniteɛ bɛdaadaa Hawa no, saa ara nso na wɔbɛsɛe mo adwene afiri Kristo fam ahofama no ho. Na sɛ obi ba bɛka Yesu foforɔ bi ho asɛm a yɛnkaeɛ, anaasɛ monya honhom foforɔ a monnyaeɛ, anaasɛ asɛmpa foforɔ a monnyeeɛ a, mogye to mu ntɛm so! Nanso mebu no sɛ asomafoɔ akɛseɛ no nkyɛn me biribiara mu. Nanso sɛ mennim ɔkasa mu mpo a, ɛnyɛ nimdeɛ, na mmom yɛama biribiara ada adi ama mo, nnipa nyinaa anim. Anaasɛ mayɛ bɔne, sɛ mebrɛɛ me ho ase maa wɔmaa mo soɔ, sɛ mekaa Nyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo kwa no? Mefaa asafo binom adeɛ sɛ akatua, sɛ mede merebɛsom mo. Na mewɔ mo nkyɛn na ɛhiaa me no, manyɛ obiara so adesoa. Na deɛ ɛhiaa me no, anuanom a wɔfiri Makedonia baeɛ no maa me nsa kaeɛ; na nnoɔma nyinaa mu, mehwɛɛ me ho, na mɛhwɛ no saa ara, na manyɛ adesoa mamma mo. Kristo nokorɛ wɔ me mu yi, obiara remma me mmua m’ano saa ahohoahoa yi ho wɔ Akaia afam hɔnom nyinaa. Adɛn ntira? Sɛ mennɔ mo anaa? Onyankopɔn na ɔnim. Na deɛ meyɛ no, meyɛ ara, na masi wɔn a wɔhwehwɛ me ho kwan no kwan, na wɔahu wɔn deɛ wɔde hoahoa wɔn ho no mu, sɛ yɛn ara. Na saa nnipa yi yɛ asomafoɔ atorofoɔ, adwumayɛfoɔ nnaadaafoɔ a wɔdane wɔn ho yɛ sɛ Kristo asomafoɔ. Na ɛnyɛ nwanwa; ɛfiri sɛ Satan no ara mpo dane ne ho sɛ hann bɔfoɔ. Enti sɛ n’asomafoɔ nso dane wɔn ho yɛ sɛ tenenee asomfoɔ a, ɛnyɛ ade nwanwa biara; na ɛbɛwie wɔn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ. Meka bio sɛ obiara mmmu me sɛ meyɛ kwasea, na sɛ ɛnte saa a, monnye me sɛ ɔkwasea, na me nso mahoahoa me ho kakra. Deɛ mereka no, menka no Awurade tumi mu, na mmom nkwaseasɛm mu, saa ahohoahoa adwene yi mu. Ɛsiane sɛ nnipa bebree hoahoa wɔn ho honam fam nti, me nso mɛhoahoa me ho bi. Na mode anigyeɛ nya tema ma nkwaseafoɔ, ɛfiri sɛ moyɛ mmadwemma. Na sɛ obi di mo nya, sɛ obi didi mo ho, sɛ obi fa mo dommum, sɛ obi ma ne ho so, sɛ obi bɔ mo ani so a, mobɛhunu ama no. Meka no aniwuo mu sɛ yɛn deɛ yɛayɛ mmerɛ wɔ mu; nanso deɛ obi yɛ nnam wɔ mu no, (meka no sɛ deɛ aba biara nni mu,) me nso meyɛ nnam wɔ mu bi. Wɔyɛ Hebrifoɔ? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Israelfoɔ? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Abraham asefoɔ? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Kristo asomfo? Meka no sɛ ɛdammɔ, mekyɛne saa. Ɔbrɛ adwuma a ɛboro soɔ mu, afiaseda a ɛboro soɔ mu, ɛhweɛ a ɛtra soɔ mu, owuo amaneɛ a manya no nhunuiɛ mu. Yudafoɔ nsa mu wɔabɔ me mmaa aduanan a aka so baako, mprenum. Wɔaka me mpire mprɛnsa, wɔasi me aboɔ prɛko, matɔ nsuo mu mprɛnsa, madi ɛpo bunu mu adekyeeɛ ne adesaeɛ. Akwantuo pii mu, asubɔnten so asiane mu, adwotwafoɔ asiane mu, amannifoɔ mu asiane mu, amanaman mu asiane mu, kuro mu asiane mu, ɛserɛ so asiane mu, ɛpo so asiane mu, anuanom atorofoɔ mu asiane mu; adwuma ne ɔbrɛ mu, apɛsire mu, ɛkɔm ne sukɔm mu, abuada pii mu, awɔ ne adagya mu. Deɛ ɛkeka ho no nyinaa nna nkyɛn, deɛ ɛhyɛ me soɔ ne asafo no nyinaa ho dadwene. Hwan na ɔyɛ mmerɛ, na menyɛ mmerɛ bie? Hwan na wɔato no suntidua, na me yamu nhyehye me? Sɛ ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho a, mɛhoahoa me ho wɔ me mmerɛyɛ ho. Awurade Yesu Nyankopɔn ne n’Agya a nhyira nka no daa no nim sɛ merenni atorɔ. Damasko hɔ na Ɔhene Areta n’amrado wɛnn Damaskofoɔ kuro no sɛ ɔrepɛ me akyere me; na wɔde me too kɛntɛnku mu nam mpomma mu faa ɔfasuo so gyaagyaa me maa mefirii ne nsa medwanee.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ahohoahoa ho hia; ɛwɔ mu sɛ ɛnyɛ mma hwee; nanso mɛka Awurade anisoadehunu ne adiyie ho asɛm. Menim onipa bi wɔ Kristo mu a, mfeɛ dunan ni, wɔhwimm no kɔɔ ɔsoro a ɛtɔ so mmiɛnsa, (sɛ ɔwɔ honam mu oo, mennim, ɔnni honam mu oo, mennim, Onyankopɔn na ɔnim saa nipa no. Na menim saa nipa no sɛ,) wɔhwimm no kɔɔ Paradise, (sɛ ɔwɔ honam mu oo, ɔnni honam mu oo, mennim, Onyankopɔn na ɔnim,) na ɔtee nsɛm a wɔnka a onipa nni ho kwan sɛ ɔka. Saa nipa no fam na mɛhoahoa me ho, na me ara me fam deɛ, merenhoahoa me ho, gye me mmerɛyɛ mu. Na sɛ mepɛ sɛ mehoahoa me ho mpo a, anka merenyɛ kwasea, na mɛka nokorɛ; nanso mama no aka, na obi ammu me ankyɛne deɛ ɔhu me sɛ meyɛ, anaasɛ ɔte firi m’anomu. Na deɛ ɛbɛyɛ na meremfa adiyie no tra a ɛtra soɔ memma me ho so bebree nti, wɔama me honam mu kasɛɛ, Satan bɔfoɔ, sɛ ɔmmɛbɔ me akuturuku, na mamma me ho so. Yei nti mesrɛɛ Awurade mprɛnsa sɛ ɛmfiri me so; na ɔsee me sɛ: M’adom dɔɔso ma wo, na me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛyɛ mu. Enti mede anigyeɛ pii mɛhoahoa me ho wɔ me mmerɛyɛ ho mmom, na Kristo ahoɔden abɛtena me so. Kristo nti m’ani gye mmerɛyɛ mu, animtiabuo mu, ahokyere mu, ɔtaa mu, ahometeɛ mu; ɛfiri sɛ meyɛ mmerɛ a, ɛnna me ho yɛ den. Mayɛ kwasea! Mo na moahyɛ me. Na me deɛ anka ɛsɛ sɛ moyi me ayɛ, ɛfiri sɛ asomafoɔ akɛseɛ no nkyɛne me biribiara mu, nanso menyɛ hwee mpo. Ɔsomafoɔ nsɛnkyerɛnneɛ no deɛ, wɔayɛ no mo mu boasetɔ nyinaa mu, nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne tumideɛ mu. Na ɛdeɛn mu na motɔɔ sini a amma moanto asafo a aka no, sɛ adesoa a mo deɛ, manyɛ mamma mo no? Momfa bɔne yi nkyɛ me! Hwɛ, mprɛnsa ni a masiesie me ho sɛ mereba mo nkyɛn, na meremmɛyɛ mo so adesoa; ɛfiri sɛ menhwehwɛ mo hɔ biribiara, na mmom mo ara. Na ɛnyɛ mma na ɛpɛ adeɛ sie ma awofoɔ, na mmom awofoɔ na wɔpɛ adeɛ sie ma mma. Na me deɛ, mede anigyeɛ bɛhwere m’adeɛ, na mama wɔahwere me ama mo kra. Na sɛ medɔ mo ma no boro so saa a, ɛdeɛn nti na ɛsɛ sɛ mo dɔ sua sene me deɛ? Na ɛwɔ mu sɛ manyɛ mo so adesoa deɛ, nanso meyɛ onitefoɔ nti, mayi mo wɔ aniteɛ mu. Menam wɔn a mesomaa wɔn wɔ mo nkyɛn no bi so mebɛsisii mo anaa? Mesrɛɛ Tito na mesomaa no ne onua kaa ne ho no, Tito bɛsisii mo anaa? Ɛnyɛ honhom korɔ no ara mu na yɛnanteeɛ, anaasɛ anammɔn korɔ no ara mu? Ɛyɛ mo sɛ yɛreyi yɛn ho ano akyerɛ mo anaa? Nyankopɔn anim na yɛkasa Kristo mu; adɔfo, yei nyinaa yɛka ma mo nkɔsoɔ. Na mesuro sɛ ebia meba a, meremmɛto mo sɛdeɛ mepɛ, na me nso morenhu me sɛdeɛ mopɛ; ebia ntɔkwako, ahoɔyea, abufuo, asikan, nsekuro, wesewese, ahantan, sakasakayɛ wɔ mo mu; sɛ ebia meba bio a, me Nyankopɔn bɛbrɛ me ase wɔ mo fam, na magyam wɔn mu dodoɔ a wɔayɛ bɔne na wɔnsakyeraa wɔn adwene, wɔn fi ne adwamammɔ ne ahohwisɛm a wɔdiiɛ no ho.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mprɛnsa ni a mereba mo nkyɛn. Adansefoɔ baanu anaa baasa ano asɛm biara bɛgyina. Mebɔɔ wɔn a wɔyɛɛ bɔne kane no ne wɔn a aka no nyinaa kɔkɔ, saa ara nso na seesei a menni mo nkyɛn yi merebɔ wɔn kɔkɔ, sɛdeɛ meyɛeɛ berɛ a mebaa hɔ ne mprenu soɔ no, sɛ meba bio a, meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn. Ɛfiri sɛ mohwehwɛ Kristo a ɔkasa me mu no ho adansedie, ɔno na ɔnyɛ mmerɛ wɔ mo fam, na mmom ɔwɔ mo mu tumi. Na mmerɛyɛ mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu deɛ, nanso ɔnam Nyankopɔn tumi so te ase. Na yɛn nso yɛyɛ mmerɛ wɔ ne mu deɛ, nanso yɛn ne no nam Nyankopɔn tumi so bɛtena ase wɔ mo fam. Monsɔ mo ho nhwɛ sɛ mowɔ gyidie no mu anaa? Mommisa mo ho nhwɛ! Anaasɛ monnim mo ho sɛ Yesu Kristo te mo mu? Gye sɛ mommfata deɛ. Na m’ani da so sɛ mobɛhunu sɛ yɛn deɛ, yɛnyɛ nnipa a wɔmfata. Nanso yɛbɔ Onyankopɔn mpaeɛ sɛ monnyɛ bɔne biara, ɛnyɛ sɛ wɔbɛhu yɛn sɛ yɛfata, na mmom mo, mobɛyɛ deɛ ɛyɛ fɛ, na yɛn deɛ yɛayɛ sɛ wɔn a wɔmfata. Na yɛntumi nyɛ hwee ntia nokorɛ no, na mmom deɛ yɛtumi yɛ no, yɛyɛ ma nokorɛ. Na sɛ yɛyɛ mmerɛ, na mo deɛ, moyɛ den a, yɛn ani gye; na mo pɛyɛ ho na yɛbɔ mpaeɛ. Yei nti na, menni mo nkyɛn yi, meretwerɛ yei mabrɛ mo, na sɛ meba a, mene mo anni no denden, sɛdeɛ tumi a Awurade de ama me sɛ ɛmma nkɔsoɔ na ɛnyɛ ɔsɛeɛ no teɛ no. Afei awieeɛ, anuanom, makra mo. Monyɛ pɛ, momma mo werɛ nkyekye, monnya adwene korɔ, montena asomdwoeɛ mu, na ɔdɔ ne asomdwoeɛ Nyankopɔn bɛdi mo akyi. Momfa mfeano kronkron nkyeakyea mo ho. Ahotefoɔ no nyinaa kyeakyea mo. Awurade Yesu Kristo adom, Onyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron ayɔnkofa nka mo nyinaa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Amos a ɔwɔ Tekoa nnwanyɛnfoɔ mu nsɛm a ɔhunuu no n’ani soɔ, Israel ho, ɛwɔ Yudahene Usia berɛ soɔ ne Israelhene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba berɛ soɔ, mfeɛ mmienu ansa na asasewosoɔ no reba nie. Na ɔse: AWURADE firi Sion bobom, na ɔfiri Yerusalem ma ne nne so; na nnwanhwɛfoɔ adidibea no atwintwam, na Karmel atifi akusa. Sɛ AWURADE seɛ nie: Damasko amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔde dadeɛ ayuporeɛadeɛ dwerɛɛ Gilead nti. Na mɛto Hasael fie mu gya, na ahye Ben-hadad aban denden no. Na mɛbubu Damasko pono akyiri adaban, na matwa wɔn a wɔte Awen bonhwa mu afiri hɔ, ne ɔhempomakurani no afiri Bet-eden; na wɔbɛtu Siria man akɔ Kir, AWURADE na ɔseɛ. Sɛ AWURADE seɛ nie: Gasa amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔtuu atukɔfoɔ ɔman mu kɔɔ sɛ wɔde wɔn rekɔhyɛ Edom nsa nti. Na mɛto Gasa fasuo mu gya, na ahye n’aban denden no; na mɛtwa emufoɔ afiri Asdod ne ahempomakurani afiri Askelon, na mɛdane me nsa atia Ekron, na Filistifoɔ nkaeɛ ayera, AWURADE Nyankopɔn na ɔseɛ. Sɛ AWURADE seɛ nie: Tiro amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔde atukɔfoɔ ɔman mu hyɛɛ Edom nsa, na wɔankae anuanom apam no nti. Na mɛto Tiro fasuo mu gya, na ahye n’aban denden no. Sɛ AWURADE seɛ nie: Edom amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ ɔde afena tii ne nua, na ne yam anhyehye no, na n’abufuo sɛee adeɛ ara na ɔyɛɛ n’abohuro no so adeɛ daa nti. Na mɛto Teman mu gya, na ahye Bosra aban denden no. Sɛ AWURADE seɛ nie: Amonfoɔ amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane wɔn asotwe no, sɛ wɔgu so retrɛ w’ahyeɛ mu no, wɔpaepaee mpo Gilead anyinsɛnfoɔ mu, na mɛsɔ Raba fasuo mu gya, na ahye n’aban denden no, na wɔbɛte ɔko mu gyegyeegye, na ɔko no bɛyɛ den sɛ ahumtuo da no kirididibɔ mu. Na wɔn hene bɛkɔ otukorɔ mu, ɔno ne ne mmapɔmma bɛbom akɔ, AWURADE na ɔseɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sɛ AWURADE seɛ nie: Moab amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ ɔde Edom hene nnompe hyee akaadoo nti. Na mɛto Moab mu gya, na ahye Keriot aban denden no, na Moab bɛwu hooyɛ mu, osebɔ ne totorobɛnto gyegyeɛ mu. Na mɛtwa emu temmufoɔ no atwene, na makunkum ne mmapɔmma nyinaa aka ne ho, AWURADE na ɔseɛ. Sɛ AWURADE seɛ nie: Yuda amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔapo AWURADE mmara na wɔanni n’ahyɛdeɛ soɔ, na wɔn torɔ a wɔn agyanom dii akyire no ma wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ nti. Na mɛto Yuda mu gya, na ahye Yerusalem aban denden no. Sɛ AWURADE seɛ nie: Israel amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔtɔn ɔteneneeni gye dwetɛ, na mpaboa nti wɔtɔn ohiani. Wɔn kɔn dɔ mmɔborɔni atifi dɔteɛ mpo, na wɔkyea amanehunufoɔ kwan, na obi ne n’agya kɔ ababaa korɔ ho, sɛ wɔde regu me din kronkron ho fi, na wɔda awowa ntoma soɔ, afɔrebukyia nyinaa nkyɛn mu, na wɔnonom wɔn a wɔabɔ wɔn ka nsa, wɔn anyame fie. Nanso mesɛee wɔn anim Amorini a ne kɛseɛ te sɛ ntweneduro kɛseɛ na ne ho yɛ den sɛ adum nnua no, na mesɛee n’aba wɔ soro ne n’ase nhini no. Na me nso meyii mo firii Misraim asase so na mede mo nantee ɛserɛ so mfirinhyia aduanan, sɛ mommɛfa Amorini asase nni. Na mememaa mo mma binom so mesisii adiyifoɔ, ne mo mmeranteɛ binom meyeyɛɛ ahotuafoɔ. Ɛnte saa, O Israelfoɔ? AWURADE asɛm nie. Nanso momaa ahotuafoɔ nsa nomee na mohyɛɛ adiyifoɔ sɛ: Monnhyɛ nkɔm! Hwɛ, me ara mɛnyema mo akɔ fam, sɛdeɛ teaseɛnam a ayuo afiafi ayɛ no ma nyema no. Na dwane bɛbɔ ɔhoɔharefoɔ, na ɔhoɔdenfoɔ nso ahoɔden abɔ no, na dɔmmarima rennye ne ho nkwa. Na taduakurani rennyina, na deɛ ne nan yɛ herɛ remfiri mu mfi, na ɔpɔnkɔsotefoɔ rennye ne ho nkwa. Na nnɔmmarima mu kokoɔdurufoɔ de adagya bɛdwane ɛda no, AWURADE asɛm nie.