audio
audioduration (s)
9.56
29.7
sentence
stringlengths
119
401
Nnwoma yi firi me, Paulo, Yesu Kristo ɔsomfoɔ a wɔayi me sɛ ɔsɛnkafoɔ a wɔasoma me sɛ menkɔka Onyankopɔn asɛmpa no nkyɛn. Wɔnam Onyankopɔn adiyifoɔ so dii kan hyɛɛ asɛmpa no ho nkɔm wɔ Apam Dada no mu. Saa bɔhyɛ yi fa ne Ba Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Awurade a ɔba ma wɔwoo no sɛ akɔkoaa too Ɔhene Dawid abusua mu no ho.
Na Honhom Kronkron da no adi pefee sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba, ɛfiri sɛ, wɔnyanee no firii awufoɔ mu. Ɛnam Kristo so enti na Onyankopɔn maa meyɛɛ ɔsomafoɔ maa Kristo, sɛdeɛ nnipa nyinaa nam gyidie so bɛyɛ ɔsetie ama Onyankopɔn. Mo a mowɔ Roma a Onyankopɔn afrɛ mo sɛ mommɛyɛ Kristo akyidifoɔ no nso, moka ho bi.
Ɛno enti, meretwerɛ mo a mowɔ Roma nyinaa a Onyankopɔn dɔ mo na wafrɛ mo sɛ mommɛyɛ nʼakyidifoɔ no: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Aseda Mpaeɛ Ansa na mɛka biribiara no, menam Yesu Kristo so da me Onyankopɔn ase ma mo nyinaa, ɛfiri sɛ mo gyidie a mowɔ no aduru ewiase afanan nyinaa.
Onyankopɔn a mede mʼakoma nyinaa som no, na menam asɛmpa a menam ne Ba so ka no nim sɛ, deɛ meka no yɛ nokorɛ. Onyankopɔn nim sɛ mekae mo daa. Ɛberɛ biara a mebɔ mpaeɛ no, mesrɛ Awurade sɛ ɔmmoa mma mentumi mmɛsra mo seesei ara. Ɛfiri sɛ, mepere mehwehwɛ sɛ, mɛhunu mo na maboa mo ama moanya Onyankopɔn honhom mu nhyira na ahyɛ mo den.
Deɛ mekyerɛ ne sɛ, me ne mo nyinaa bɛnya honhom mu ahoɔden ɛberɛ korɔ mu a yɛde bɛhyɛ yɛn ho yɛn ho gyidie mu den. Me nuanom, monkae sɛ ɛberɛ biara a mɛyɛ mʼadwene sɛ merebɛsra mo no, na biribi abɛbɔ mu. Mepɛ sɛ mesakra nnipa adwene wɔ mo mu sɛdeɛ mayɛ wɔ amanamanmufoɔ mu no. Mo ne obiara, wɔn a wɔn ani ate ne wɔn a wɔn ani nteeɛ, wɔn a wɔasua adeɛ ne wɔn a wɔnsuaa adeɛ nyinaa ho asɛm yɛ mʼasodie.
Ɛno enti, mede mʼahoɔden a mewɔ nyinaa aboa me ho sɛ mɛba mo nkyɛn wɔ Roma abɛka Onyankopɔn asɛmpa no akyerɛ mo. Mʼani nwu Asɛmpa no ho, ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔnam so gye wɔn a wɔwɔ gyidie nyinaa nkwa; Yudafoɔ kane ɛnna amanamanmufoɔ no nso. Asɛmpa no kyerɛ yɛn sɛdeɛ Onyankopɔn ma yɛyɛ ateneneefoɔ, na ɛnam gyidie so na wama yɛayɛ saa.
Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka no, ɔteneneeni firi gyidie mu bɛnya nkwa. Onyankopɔn da nʼabufuo adi firi ɔsoro de tia nnebɔneyɛfoɔ nyinaa ne nnipa a wɔde nokorɛ no hinta afoforɔ no. Ɛfiri sɛ Onyankopɔn ada ne nokwasɛm no adi wɔ wɔn mu, na ɔde ne ho nimdeɛ ahyɛ wɔn akoma mu. Ɛfiri ɛberɛ a Onyankopɔn bɔɔ ewiase no, ne tumi a ɛwɔ hɔ daa no ne ne nyamesu no ada adi.
Nnipa nam Onyankopɔn abɔdeɛ so tumi hunu saa nneɛma yi, enti wɔnni anoyie biara. Wɔnim Onyankopɔn, nanso wɔmfa ne anidie a ɛfata no no mma no na wɔnna no ase nso. Ayɛ saa ma wɔn adwene mu nnɔ na esum aduru mu. Wɔka sɛ wɔyɛ anyansafoɔ nanso wɔyɛ nkwaseafoɔ.
Ɛsɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn onimuonyamfoɔ a ɔte hɔ daa no, wɔfaa nnua ne aboɔ yɛɛ ahoni te sɛ nnomaa, mmoadoma, awɔ ne nnipa somm wɔn. Ɛno enti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa afideɛ a ɛfiri wɔn akoma mu, ɛno enti, wɔne wɔn ho wɔn ho yɛɛ aniwudeɛ nso. Wɔde Onyankopɔn ho nokwasɛm no sesaa atorɔsɛm na wɔsomm abɔdeɛ sene Ɔbɔadeɛ a daa wɔkamfo no no.
Esiane saa enti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa honam mu akɔnnɔ a ɛyɛ aniwudeɛ. Na mpo wɔn mmaa fa wɔn yɔnkonom mmaa. Saa ara nso na na mmarima ne mmaa nna, na mmom, bɔne akɔnnɔ hyɛɛ wɔn maa wɔne wɔn ho wɔn ho daeɛ nam so nyaa akatua a ɛsɛ wɔn. Esiane sɛ nnipa poo Onyankopɔn ho nokorɛ no enti, wɔfaa wɔn adwemmɔne so yɛɛ nneɛma a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ mmom.
Amumuyɛ ahodoɔ nyinaa, bɔne, anibereɛ ne nnebɔne hyɛɛ wɔn ma. Nitan, awudie, akasakasa, nsisie ne ɔbra bɔne nso ka ho. Wɔdii nsekuro, kaa nsɛm a ɛmfata faa afoforɔ ho;
wɔkyirii Onyankopɔn; wɔyɛɛ atutupɛ, ahantan ne ahomasoɔ. Na daa wɔdwene sɛ wɔbɛyɛ bɔne. Wɔantie wɔn awofoɔ asɛm. Na wɔnni suban;
na wɔnni wɔn bɔhyɛ so; na wɔnni ayamyɛ ne ahummɔborɔ ma afoforɔ. Na wɔnim sɛ Onyankopɔn mmara kyerɛ sɛ nnipa a wɔtena ase saa kwan so no sɛ owuo. Nanso wɔnko ara anyɛ saa afideɛ no, na mmom, wɔpenee afoforɔ a wɔyɛɛ saa bɔne korɔ no ara bi no so.
Mo a mobu afoforɔ atɛn no, monni anoyie biara. Ɛkwan biara a mobɛfa so abu afoforɔ atɛn no, ɛnam saa ɛkwan no ara so ma mode atemmuo ba mo ho so. Ɛfiri sɛ, bɔne a ɛma mobu afoforɔ atɛn no, mo nso moyɛ saa bɔne korɔ no ara bi. Yɛnim sɛ, sɛ Onyankopɔn bu wɔn a wɔte saa ara no atɛn a, na ne kwan so ara ne no. Na wo, onipa, wobu afoforɔ atɛn wɔ nneɛma korɔ no ara a woyɛ bi no ho a,
wosusu sɛ Onyankopɔn remmu wo atɛn anaa? Anaasɛ, ebia, wommu nʼayamyɛ, nʼabodwokyerɛ ne ne boasetɔ? Wonnim sɛ Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufoɔ a ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ wo kwan a wobɛfa so anu wo ho? Nanso, ɛsiane wʼakoma den ne akoma pirim enti, woboaboa abufuhyeɛ ano ma wo ho wɔ Onyankopɔn abufuhyeɛ da no, ɛda no a ɔbɛda nʼatɛntenenee adi no.
Deɛ obiara ayɛ no, ɛso akatua na Onyankopɔn bɛma no anya. Wɔn a wɔde boasetɔ yɛ papa de hwehwɛ animuonyam, anidie ne deɛ ɛmporɔ no, ɔbɛma wɔn nkwa a ɛnni awieeɛ. Nanso wɔn a wɔyɛ pɛsɛmenkomenya, ne wɔn a wɔpo nokorɛ no kɔdi bɔne akyi no, abufuhyeɛ ne amanehunu bɛba wɔn so. Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔkɔ so yɛ bɔne no nyinaa bɛhunu amane na wɔn werɛ nso bɛho.
Nanso, wɔn a wɔtie no no, sɛ wɔyɛ Yudafoɔ anaa amanamanmufoɔ no, wɔbɛnya animuonyam, anidie ne asomdwoeɛ afiri Onyankopɔn nkyɛn. Onyankopɔn nyɛ nyiyimu na ɔnyɛ animhwɛ nso wɔ nʼatemmuo mu. Wɔn a wɔnnim mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔbɛkwati mmara no abu wɔn atɛn ara, na wɔn a wɔnim mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔnam mmara no so bɛbu wɔn atɛn.
Ɛnyɛ mmaratiefoɔ na wɔtene wɔ Onyankopɔn anim, na mmom, ɛyɛ wɔn a woyɛ ɔsetie ma mmara no na wɔbɛbu wɔn bem. Amanamanmufoɔ no nni mmara, nanso wɔfiri wɔn awosu mu yɛ deɛ mmara no hwehwɛ sɛ wɔyɛ a, ɛwom sɛ wɔnni mmara deɛ, nanso yeinom bɛyɛ mmara ama wɔn.
Esiane sɛ wɔn abrabɔ kyerɛ sɛ, deɛ mmara no hwehwɛ no, wɔatwerɛ wɔ wɔn akoma mu no enti, wɔn ahonim di adanseɛ sɛ wɔdi bem anaasɛ wɔabu wɔn fɔ. Enti, asɛmpa a meka no kyerɛ sɛ, sɛ ɛda no duru a, saa na Onyankopɔn nam Yesu Kristo so bɛbu nnipa kɔkoamsɛm atɛn.
Mo Yudafoɔ deɛ, mosusu sɛ mo ne Onyankopɔn te no yie so, ɛfiri sɛ, ɔde ne Mmara a monam so bɛnya nkwagyeɛ no maa mo. Na moka no mo anofafa so nso sɛ, moyɛ ne nnamfonom sononko bi.
Monim deɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ moyɛ. Moasua afiri Mmara no mu ahunu deɛ ɛyɛ. Mofa mo ho sɛ moyɛ akwankyerɛfoɔ ma anifirafoɔ, na moyɛ hann nso ma wɔn a wɔte esum mu.
Mogye di sɛ mobɛtumi akyerɛ adwenemherɛfoɔ ne mmɔfra Onyankopɔn akwan, ɛfiri sɛ, nokorɛm, monim ne Mmara a osuahunu ne nokorɛ ahyɛ no ma no. Mokyerɛkyerɛ afoforɔ, na adɛn enti na montumi nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho?
Moka kyerɛ afoforɔ sɛ wɔmmmɔ korɔno. Mo nso mobɔ korɔno anaa? Mo a moka sɛ adwamammɔ nyɛ. Mo nso mobɔ adwaman anaa? Mo a moka sɛ mokyiri ahoni no, mo nso mobɔ korɔno wɔ asɔrefie mu anaa?
Mode mmara no hoahoa mo ho, nanso mobu mmara no so de bu Onyankopɔn animtia. Ɛnyɛ nwanwa sɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ mo enti, ewiasefoɔ kasa tia Onyankopɔn. Sɛ woyɛ Yudani na wodi Onyankopɔn mmara no so a, ɛyɛ adeɛ a ɛsom bo. Na sɛ moanni so a, nsonsonoeɛ biara nni mo ne momonotofoɔ ntam. Sɛ momonotofoɔ di Onyankopɔn mmara so a, wɔremmu wɔn sɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ anaa?
Enti momonotoni a ɔdi mmara no so no bɛkasa atia mo, Yudafoɔ a monim Onyankopɔn mmara a wɔatwerɛ no, nanso monni so no. Wo a wɔwoo mo sɛ Yudafoɔ anaasɛ twa a wɔatwa mo twetia no nkyerɛ sɛ moyɛ Yudafoɔ kann.
Yudani kann no ne deɛ ɔyɛ no wɔ nʼakoma mu. Saa ara nso na twetiatwa yɛ akoma mu nsakraeɛ a ɛfiri Onyankopɔn Honhom mu ba. Nsakraeɛ yi mmfiri di a obi di mmara bi so. Na deɛ wɔasakra no ayɛyie mmfiri nnipa hɔ, na mmom, ɛfiri Onyankopɔn hɔ.
Ɛnneɛ na Yudaniyɛ ho mfasoɔ ne sɛn, anaasɛ twetiatwa ho wɔ mfasoɔ bi? Aane mfasoɔ wɔ so. Deɛ ɛdi ɛkan no, Onyankopɔn de ne nsɛm ahyɛ wɔn nsa. Na sɛ ebinom nni gyidie ɛ?
Gyidie a wɔnni no kyerɛ sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ anaa? Ɛnte saa koraa! Sɛ obiara yɛ ɔtorofoɔ a, Onyankopɔn deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ,
“Wodi bem wɔ wo kasa mu na wotene wɔ wʼatemmuo mu.” Na obi bɛka sɛ, “sɛ yɛn bɔne a yɛyɛ no da Onyankopɔn tenenee adi kann a, adɛn enti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuhyeɛ ba yɛn so?” (Merekasa sɛ onipa)
Dabi! Sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔteneneeni a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi abu ewiase atɛn? Obi bɛgye akyinnyeɛ aka sɛ, “Sɛ me nkontompo ma Onyankopɔn nokorɛ da adi na nʼanimuonyam boro so a, ɛnneɛ adɛn enti na Onyankopɔn bu me fɔ sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ?”
Ebinom nso bɛka sɛ, “Ɛnneɛ momma yɛnyɛ bɔne sɛdeɛ biribi pa bɛfiri mu aba!” Nnipa bi mpo ka sɛ saa asɛm yi na yɛka. Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn.
Obiara Ntene Ɛnneɛ, ɛdeɛn na yɛnka? Yɛn Yudafoɔ yɛ nnipa sene amanamanmufoɔ no anaa? Ɛnte saa! Makyerɛ mu dada sɛ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ nyinaa yɛ pɛ wɔ bɔne tumi ase. Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Obiara nyɛ ɔteneneeni; obiara nyɛ ɔbadwemma; na obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyiri kwan. Nnipa nyinaa atwe wɔn ho afiri Onyankopɔn ho; wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. Ɔbaako mpo nni hɔ.”
“Wɔn anom te sɛ damena a abue; na wɔn tɛkrɛma ka atorɔsɛm.” “Wɔn anofafa ka nsɛm a ɛte sɛ ɔwɔ ano borɔ.” “Nnome a ɛyɛ hu na ɛfiri wɔn anom ba.” “Wɔnkyɛre opira ne awudie ho; baabiara a wɔbɛkɔ no, wɔsɛe hɔ pasaa, na wɔnnim asomdwoeɛ kwan.”
“Na wɔnnsuro Onyankopɔn.” Yɛnim sɛ biribiara a ɛwɔ Mmara no mu no, wɔtwerɛ maa wɔn a wɔhyɛ Mmara no tumi ase. Mmara no ka yeinom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara rennya anoyie, na ama Onyankopɔn akyerɛ sɛ ewiase nyinaa di fɔ. Ɛfiri sɛ, obiara nni hɔ a sɛ ɔyɛ deɛ Mmara no hyɛ sɛ ɔnyɛ a, Onyankopɔn bɛbu no bem.
Deɛ Mmara no yɛ ara ne sɛ, ɛma onipa hunu sɛ wayɛ bɔne. Wɔada teneneeyɛ a ɛfiri Onyankopɔn, na ɛmfiri mmara no adi. Ɛno na Mmara no ne Adiyifoɔ no di ho adanseɛ. Saa teneneeyɛ a ɛfiri Onyankopɔn yi nam gyidie a yɛwɔ wɔ Yesu Kristo mu. Ɛwɔ hɔ ma agyidifoɔ nyinaa. Nsonsonoeɛ biara nni mu.
Na nnipa nyinaa ayɛ bɔne ama Onyankopɔn animuonyam abɔ wɔn, nanso ɔnam Kristo adom nkwagyeɛ no so abu wɔn nyinaa bem kwa. Onyankopɔn somaa Kristo sɛ ɔmfa ne ho mmɛbɔ afɔdeɛ mma yɛn. Kristo de ne mogya maaeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, gyidie a yɛbɛnya wɔ ne mu enti wɔbɛgye yɛn.
Saa afɔdeɛ yi ma yɛhunu sɛ, mmerɛ a atwa mu no, Onyankopɔn nam boasetɔ ne adom so de bɔne kyɛeɛ. Ɛfiri sɛ na Onyankopɔn rehwɛ ɛkwan na ɔde wɔn abɛka deɛ ɔreyɛ saa ɛberɛ yi no ho.
Onyankopɔn yɛɛ yei de kyerɛɛ ne tenenee, ɛfiri sɛ ɔno ankasa nyɛ nyiyimu, na ɔbu atɛntenenee nso, na sɛ nnebɔneyɛfoɔ gye Yesu di a, ɔbu wɔn sɛ wɔtene wɔ nʼani so.
Ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛde bɛhoahoa yɛn ho? Biribiara nni hɔ! Na adɛn nti? Mmara no a yɛdi so no enti na wagye yɛn anaa? Dabi.
Gye a ɔgye yɛn no nnyina mmara a yɛdi so, na mmom, ɛgyina gyidie a yɛwɔ wɔ Yesu mu. Ne tiawatwa ne sɛ, wɔnam gyidie so na wɔbu onipa bem, na ɛnyɛ Mmara a ɔdi so no enti.
Onyankopɔn yɛ Yudafoɔ nko ara Onyankopɔn anaa? Ɔnyɛ amanamanmufoɔ nso Onyankopɔn bi anaa? Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ ɔyɛ amanamanmufoɔ nso Onyankopɔn.
Onyankopɔn yɛ baako, na ɔnam gyidie nko ara a Yudafoɔ wɔ so bɛbu wɔn bem. Na saa ara nso na ɔnam gyidie nko ara so bɛbu amanamanmufoɔ bem.
Enti, yei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛfa saa gyidie no so gyae Mmara no so di anaa? Dabi, na mmom, sɛ yɛwɔ gyidie a, yɛfoa Mmara no adanseɛ so.
Wɔgyina Abraham Gyidie So Bu No Bem Ɛdeɛn na yɛbɛka afa yɛn tete agya Abraham ho? Osuahunu bɛn na ɔnyaeɛ? Sɛ wɔnam nneɛma a ɔyɛeɛ so buu no bem a, anka ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho.
Nanso, ɔrentumi nhoahoa ne ho Onyankopɔn anim. Atwerɛsɛm no kyerɛ yɛn sɛ, “Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ; na ɛno so na ɛnam maa Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni no.”
Onipa a ɔyɛ adwuma no fata nʼakatua; ɛnsɛ sɛ wɔbu nʼakatua no sɛ akyɛdeɛ, na mmom, ɛyɛ biribi a wayɛ ho adwuma anya. Ɛnyɛ nnwuma bi a onipa yɛ na ɛbɛma Onyankopɔn abu no bem. Onyankopɔn gye nnebɔneyɛfoɔ to mu ɛfiri sɛ wɔwɔ gyidie wɔ ne mu.
Dawid ka asɛm korɔ no ara sɛ, nhyira a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ba onipa a Onyankopɔn agye no ato mu so. Saa nhyira yi mfiri nnipa nnwuma mu. Ɛno enti Dawid kaa sɛ: “Nhyira ne wɔn a wɔde wɔn amumuyɛ akyɛ wɔn, na wɔakata wɔn bɔne so. Nhyira nka onipa a AWURADE mmu ne bɔne nngu ne so da.”
Saa anigyeɛ a Dawid ka ho asɛm no wɔ hɔ ma twetiatwafoɔ nko anaa? Dabi. Ɛwɔ hɔ ma wɔn nso a wɔntwaa twetia no; ɛfiri sɛ, yɛakenkan afiri Atwerɛsɛm no mu sɛ, “Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ, na ɛsiane ne gyidie enti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni.”
Ɛberɛ bɛn na saa asɛm yi siiɛ? Ɛsiiɛ ansa na wɔretwa Abraham twetia anaa Abraham twetiatwa no akyi na ɛsiiɛ? Ɛsiiɛ ansa, na ɛnyɛ twetiatwa no akyi na ɛsiiɛ.
Akyire no na wɔtwaa no twetia, na ne twetiatwa no yɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni ansa na wɔretwa no twetia. Enti Abraham yɛ Honhom mu agya ma wɔn a wɔgye Onyankopɔn di nyinaa na wɔagye wɔn sɛ ateneneefoɔ a nso wɔntwaa wɔn twetia.
Saa ara nso na Abraham yɛ agya ma obiara a wɔatwa no twetia na ɔwɔ gyidie sɛdeɛ na Abraham wɔ gyidie ansa na wɔretwa no twetia no.
Ɛnyɛ mmara no so na wɔnam hyɛɛ Abraham ne nʼasefoɔ bɔ sɛ wɔbɛyɛ ewiase adedifoɔ, mmom ɛnam tenenee a ɛfiri gyidie mu so.
Sɛ wɔn a wɔdi Mmara so yɛ adedifoɔ a, ɛnneɛ na gyidie nka hwee, na bɔhyɛ no nso ho nni mfasoɔ, ɛfiri sɛ mmara de abufuhyeɛ ba.
Na sɛ mmara nni hɔ a, mmarato nni hɔ. Enti bɔhyɛ no firi gyidie mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛfiri adom mu na ɛbɛtena hɔ ama Abraham asefoɔ nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase nko ara, na mmom wɔn a wɔwɔ gyidie sɛ Abraham nso.
Ɔyɛ yɛn nyinaa agya. Sɛdeɛ wɔatwerɛ no: “Mayɛ wo aman bebree agya.” Onyankopɔn kaa saa, ɛfiri sɛ, Abraham gyee Onyankopɔn a ɔma awufoɔ nya nkwa, na ɔyɛ nneɛma foforɔ firi deɛ ɛnni hɔ mu diiɛ.
Ɛberɛ a anidasoɔ asa no, Abraham nyaa anidasoɔ gye diiɛ, enti ɔbɛyɛɛ aman bebree so agya, sɛdeɛ na wɔaka akyerɛ no sɛ, “Saa na wʼasefoɔ bɛyɛ” no. Abraham gyidie anhinhim ɛberɛ a na ɔreyɛ adi mfeɛ ɔha no mpo.
Na ɔnim nso sɛ ɔregye nna awu, na ne yere Sara nso rentumi nwo mma. Nanso ne gyidie anhinhim, na wannye Onyankopɔn bɔhyɛ no ho akyinnyeɛ.
Ɔhyɛɛ ne gyidie mu den de animuonyam maa Onyankopɔn. Na ɔgye dii yie sɛ Onyankopɔn bɛtumi ayɛ deɛ wahyɛ ho bɔ no. Yei enti wɔbuu no sɛ tenenee maa no.
Wɔtwerɛɛ sɛ, “Wɔbuu no sɛ tenenee maa no” no, wɔantwerɛ amma ɔno nko ara. Na mmom wɔtwerɛ maa yɛn nso a Onyankopɔn bɛbu yɛn sɛ ateneneefoɔ, yɛn a yɛgye deɛ ɔnyanee Yesu, yɛn Awurade, firii awufoɔ mu die no. Yɛn bɔne enti, wɔyii no maa owuo, na wɔnyanee no maa yɛn bembuo.

Asante Twi Bible Audio

This dataset is comprised of audio recorded from [Youversion's website](https://www.bible.com/bible/2094/), which hosts audio and written copies of the Bible in multiple languages. It includes audio and matching transcriptions of the Bible, useful for Automatic Speech Recognition (ASR) and Speech Generation applications.

In its first iteration, it contains Romans 1 - 4 in the Asante Twi Nkwa Asɛm version. As more data is preprocessed, the dataset will grow to include more data.

Downloads last month
4
Edit dataset card