transcription
stringlengths
8
162
audio
audioduration (s)
1.52
15.3
Nhyira ne onipa a ɔnnante abɔnefoɔ agyina mu.
Na ɔnnyina nnebɔneyɛfoɔ kwan soɔ.
Na ɔntena fɛdifoɔ tenabea.
Na mmom n’ani gye awurade mmara ho.
Na ɔdwene ho awia ne anadwo.
Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛso n’aba ne berɛ mu.
Na n’ahahan mpo, na deɛ ɔyɛ nyinaa bɛwie yie.
Na abɔnefoɔ deɛ.
Wɔnte saa.
Na wɔte sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo.
Ɛno na ɔbɛkasa akyerɛ wɔn n’abufuo mu.
Na ɔde n’abufuhyeɛ bɛyi wɔn hu aka sɛ:
Me AWURADE na masi me hene,me bepɔ kronkron Sion so.
Na mɛka no deɛ AWURADE ahyɛ no.
AWURADE ase me sɛ.
Me ba ne wo.
Ennɛ na mawo woɔ.
Bisa me.
Na mede amanaman bɛyɛ wo apɛgyadeɛ.
Na mama woafa asase ano nohoa adi so.
Wode dadeɛ poma bɛbubu wɔn.
Na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwomfoɔ ahina.
Na afei.
Ahemfo, monhunu nyansa.
Asase so atemmufoɔ.
Montie afotuo.
Monsom AWURADE osuro mu.
Na monni ahurisie ahopopoɔ mu.
Momfa nidie mapa mma no.
Na ne bo amfu.
Na moanyera ɔkwan mu.
Na aka kakra na n’abufuo adɛ.
Nhyira ne wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa.
AWURADE, hwɛ sɛdeɛ m’ahohiahiafoɔ si dɔɔso fa.
Wɔn a wɔsɔre tia me no yɛ pii.
Nnipa bebree se me sɛ.
Ɔnni nkwagyeɛ Nyankopɔn mu.
Na wo, AWURADE.
Wone me ho kyɛm.
M’animuonyam ne me werɛkyekyefoɔ.
Mede me nne mesu mefrɛ AWURADE.
Na ɔgye me so firi ne bepɔ kronkron so.
Mekɔdae na medae.
Manyane, na AWURADE kura me mu
O AWURADE, sɔre ɛ.
Me Nyankopɔn, gye me.
Na woabobɔ m’atamfoɔ nyinaa abɔgye.
Woabubu abɔnefoɔ se.
Na AWURADE na nkwagyeɛ wɔ no.
Wo man so na ma wo nhyira mmra.
Me sufrɛ mu gye me so.
Me tenenee Nyankopɔn.
Ahohia mu, woboaa me.
Hu me mmɔbɔ, na tie me mpaebɔ.
Mo mmarima mma.
M’animuonyam bɛdane ahohora akɔsi da bɛn?
Mobɛdɔ ade hunu.
Mobɛdi atorɔ akyi akɔsi da bɛn?
Na monhunu sɛ AWURADE ayi ne dɔfo asi hɔ;
Mesu mefrɛ AWURADE a, ɔbɛtie.
Mo bo fu a, monnyɛ bɔne!
Monkasa mo akoma mu wɔ mo daberɛ.
Mommɔ tenenee afɔdeɛ.
Na momfa mo ho ntwere AWURADE.
Nnipa bebree bisa sɛ.
Hwan na ɔbɛma yɛahunu papa?
AWURADE, te w’anim ma no nhran yɛn so.
Wode anigyeɛ ahyɛ m’akomam asene berɛ a wɔn aburoo ne wɔn nsa dɔɔso no.
Asomdwoeɛ mu na mɛkɔ makɔda.
Na mada prɛko, na wo.
AWURADE, nko ara na woma metena hɔ dwoodwoo.
AWURADE, yɛ aso ma me nsɛm.
Na hwɛ me nsusuiɛ a mekura mu.
Tie me nteamu
Me hene ne me Nyankopɔn
Na wo na mɛbɔ wo mpaeɛ.
AWURADE, tie me nne anɔpa.
Anɔpa na masiesie mama woɔ.
Na mɛhwɛ wo kwan.
Na wonyɛ Onyankopɔn a wopɛ adebɔne.
ɔbɔnefoɔ ne wo rentena.
Agyimifoɔ rennyina w’anim
Wotane amumuyɛfoɔ nyinaa.
Wosɛe wɔn a wɔka atorosɛm.
AWURADE kyiri mogyapɛfoɔ ne asisifoɔ.
Na me deɛ.
Menam w’adom bebree so mɛba wo fie.
Na wo ho suro mu na mɛkoto masɔre makyerɛ w’asɔrefie kronkron no.
AWURADE, fa wo tenenee kyerɛ me kwan.
Wɔn a wɔtɛ me nti.
Tene wo kwan wɔ m’anim.
Na wɔn anomu nni nokwasɛm bi.
Wɔn yam wɔ mmusuo.
Wɔn menewa yɛ ɛda a abue.
Na wɔde wɔn tɛkyerɛma dɛfɛdɛfɛ.
Onyankopɔn, bu wɔn fɔ.
Ma wɔmpɔn mfiri wɔn agyinatuo ho.
Wɔn mmarato bebrebe nti sum wɔn gu.
Na wɔasɔre atia wo.
Atamfoɔ awie sa adane daa amamfo.
README.md exists but content is empty. Use the Edit dataset card button to edit it.
Downloads last month
3
Edit dataset card