file_ids
stringlengths
38
40
Audio
audioduration (s)
23.4
1.08k
Transcript
stringlengths
131
10.4k
19-d5bc64b142f2a7ed97dfaef09319a65e.mp3
Na Yesu kɔhyɛnee Yeriko sɛ ɔretwam. Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakeo a ɔyɛ togyeni panin na ɔyɛ ɔdefoɔ. Na ɔrehwehwɛ Yesu ahunu ne nipaban, nanso nkurɔfokuo no nti ɔntumi, ɛfiri sɛ ɔyɛ akwatia. Na ɔtutuu mmirika dii kan kɔforoo akyee dua bi sɛ ɔrekɔhwɛ no; ɛfiri sɛ ɛhɔ na ɔrebɛfa. Na Yesu duruu hɔ no, ɔmaa n’ani so hunuu no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sakeo, yɛ ntɛm si fam! Na wo fie na ɛsɛ sɛ metena nnɛ. Na ɔyɛɛ ntɛm sii fam, na ɔde anigyeɛ bɛgyee no. Na nkurɔfokuo no hunuiɛ no, wɔn nyinaa nwiinwii kaa sɛ: Ɔrekɔ akɔsoɛ ɔbarima a ɔyɛ debɔneyɛni. Na Sakeo gyina ka kyerɛɛ Awurade sɛ: Ao, Awurade, mede m’ahodeɛ fa mekyɛ ahiafoɔ, na sɛ menam nkontompo so magye obi biribi a, mebɔ ho mprɛnnan metua ka. Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Ampa ara, ɛnnɛ na nkwagyeɛ aba fie yi mu, ɛfiri sɛ ɔno nso yɛ Abraham ba. Na Onipa Ba no baa sɛ ɔrebɛhwehwɛ na wabɛgye deɛ ayera. Na wɔretie yeinom no, ɔtoaa so buu bɛ bi, ɛfiri sɛ na wabɛn Yerusalem, na nkurɔfokuo no susuu sɛ Nyankopɔn ahennie rebɛyi ne ho adi amonom hɔ ara. Enti Yesu kaa sɛ: Ɔdehyeɛ bi kɔɔ asase bi so akyirikyiri, sɛ ɔrekɔgye n’ahennie na wasane aba. Na ɔfrɛɛ ne nkoa mu du de mmɛnnaa du maa wɔn; na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyɛ ho adwuma nkɔsi sɛ mɛba. Na ne manfoɔ tane no, na wɔsomaa abɔfoɔ dii n’akyiri sɛ: Yɛmpɛ sɛ oyi di yɛn so hene. Na ɛbaa sɛ ɔnyaa ahennie no na ɔsane baeɛ no, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfrɛ ne nkoa a ɔde sika no maa wɔn no mmrɛ no, na ɔnhunu deɛ obiara adi dwa anya. Na deɛ ɔdi kan no ba bɛkaa sɛ: Owura, wo bɛnnaa no awo mmɛnnaa du aka ho. Na ɔsee no sɛ: Wiɛ, akoa pa, sɛ woadi ketewa mu nokorɛ nti, di nkuro du so tumi! Na deɛ ɔtɔ so mmienu no ba bɛkaa sɛ: Owura, wo bɛnnaa no awo mmɛnnaa nnum. Na ɔsee oyi nso sɛ: Wo nso di nkuro nnum so! Na ɔfoforɔ no ba bɛkaa sɛ: Owura, hwɛ, wo bɛnnaa a mede mehyɛɛ duku mu no nie. Na mesuroo wo, ɛfiri sɛ woyɛ onipa a woyɛ den, wofa deɛ womfa ntoo hɔ, na wotwa deɛ wonguiɛ. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Akoa bɔne, wo ara w’anom asɛm so na menam mɛbu wo atɛn. Wonim sɛ meyɛ onipa a meyɛ den a mefa deɛ memfa mentoo hɔ, na metwa deɛ menguiɛ, na adɛn nti na woamfa me sika no ankɔto sikakorabea, na meba a, mabɛgye m’adeɛ ne ɛho nsiho? Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔgyina nkyɛn no sɛ: Monnye ne nsam bɛnnaa no, na momfa nkɔma deɛ ɔwɔ mmɛnnaa du no. (Na wɔsee no sɛ: Owura, ɔwɔ mmɛnnaa du!) Na mese mo sɛ: Obiara a ɔwɔ no wɔbɛma no; na deɛ ɔnnie no, deɛ ɔwɔ mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam. Na m’atamfoɔ a wɔmpɛ sɛ medi wɔn so hene no deɛ, momfa wɔn mmra ha, na mommɛkum wɔn m’anim! Na ɔwiee yeinom ka no, ɔsene dii kan sɛ ɔrekɔ Yerusalem. Na ɛbaa sɛ ɔbɛnee Betfage ne Betania bepɔ a wɔfrɛ no Ngo Bepɔ ho no, ɔsomaa n’asuafoɔ no mu baanu sɛ: Monkɔ akuraa a ɛda mo anim yi ase, na mohyɛne hɔ a, mobɛhunu afunumu ba a wɔasa no homa a onipa biara ntenaa ne so da; monsane no mmra ha! Na sɛ obi bisa mo sɛ: Ɛdeɛn nti na moresane no a, monka sɛ: Ne ho hia Awurade. Na wɔn a wɔsomaa wɔn no kɔe, kɔhunuu sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no ara. Na wɔresane afunumu ba no no, ne wuranom bisaa wɔn sɛ: Adɛn na moresane afunumu ba no? Na wɔkaa sɛ: Ne ho hia Awurade. Na wɔde afunumu ba no brɛɛ Yesu; na wɔde wɔn ntoma guu no so, na wɔde Yesu tenaa so. Na ɔrekorɔ no, wɔde wɔn ntoma sesɛɛ kwan mu. Na ɔbɛnee deɛ wɔrebɛsiane Ngo Bepɔ no, asuafoɔ dɔm no nyinaa ani firii aseɛ gyee, na wɔde nne kɛseɛ yii Onyankopɔn ayɛ wɔ ahoɔdenneɛ a wɔahunu nyinaa nti sɛ: Nhyira ne ɔhene a ɔnam Awurade din mu reba no! Asomdwoeɛ wɔ soro, na animuonyam wɔ sorosoro nohoa! Na Farisifoɔ no mu bi a wɔwɔ nkurɔfokuo no mu ka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, ka w’asuafoɔ no anim! Na ɔbua see wɔn sɛ: Mese mo sɛ: Yeinom mua wɔn ano a, anka aboɔ mpo bɛteam. Na ɔbɛneeɛ no, ɔhwɛɛ kuro no suu wɔ so sɛ: Wo ara nso mpo, ɛnnɛ sɛ wo ankasa wonim deɛ ɛfa asomdwoeɛ ho a, anka ɛyɛ. Nanso afei, wɔde ahunta wo. Na nna bi bɛba wo so a w’atamfo bɛbɔ wo ho pie, na wɔatwa wo ho kɔntɔnkrɔn, na wɔaka wo ahyɛ mu baabiara, na wɔadwiri wo ne wo mma a wɔwɔ wo mu no agu fam, na wɔrennya wo mu boɔ ɔboɔ so, ɛfiri sɛ woanhunu berɛ a wɔdom bɛhwɛɛ woɔ no. Na Yesu kɔɔ asɔrefie no, ɔfirii aseɛ pamm wɔn a wɔtɔn adeɛ wɔ hɔ no see wɔn sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Me fie yɛ mpaebɔ fie; na mo deɛ, mode ayɛ adwotwafoɔ bɔn. Na daa ɔkyerɛkyerɛɛ asɔrefie hɔ; na na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne ɔman no mu atitire rehwehwɛ no aku no. Na wɔanhunu deɛ wɔbɛyɛ; ɛfiri sɛ ɔman no nyinaa de wɔn ho bataa ne ho tiee no.
3-55f8ccf9d8d68a3418a7f622977cf0c1.mp3
Na ɛrekɔbɔ awia nnɔnmmiɛnsa a wɔbɔ mpaeɛ wɔ mu no, Petro ne Yohane bɔɔ anan kɔɔ asɔrefie. Na wɔso ɔbarima bi a ɔyɛ obubuani firi ne na yam a daa wɔde no bɛto asɔrefie pono a wɔfrɛ no Fɛfɛ no ano sɛ ɔnsrɛ wɔn a wɔrekɔ asɔrefie no hɔ mmɔborɔhunu adeɛ. Na ɔhunuu Petro ne Yohane sɛ wɔrekɔ asɔrefie hɔ no, ɔsrɛɛ mmɔborɔhunu adeɛ. Na Petro ne Yohane de wɔn ani hwɛɛ no dinn kaa sɛ: Hwɛ yɛn! Na ɔhwɛɛ wɔn komm susuu sɛ ɔrebɛnya wɔn hɔ biribi. Na Petro kaa sɛ: Dwetɛ ne sika deɛ, menni bi, na deɛ mewɔ na mede merema woɔ yi: Nasareni Yesu Kristo din mu, nante! Na ɔsɔɔ ne nsa nifa maa no so, na amonom hɔ ara ne nan ne ne nanpɔso yɛɛ den. Na ɔhuri gyinae, na ɔnantee, na ɔne wɔn kɔɔ asɔrefie hɔ a ɔnam, ɔrehurihuri na ɔreyi Onyankopɔn ayɛ. Na ɔman no nyinaa hunuu no sɛ ɔnam, na ɔreyi Onyankopɔn ayɛ; na wɔnim sɛ ɔno ne deɛ adesrɛ nti ɔtenaa asɔrefie Pono Fɛfɛ no ano no, na deɛ ayɛ no no yɛɛ wɔn nwanwa ne ahodwiri koraa. Berɛ a na ɔtetare Petro ne Yohane ho no, ɔman no nyinaa de mmirika bɛhyiaa wɔn nkyɛn abrannaa a wɔfrɛ no Salomo deɛ no so, na wɔn ani so yɛɛ wɔn yaa. Na Petro hunuiɛ no, ɔsee ɔman no sɛ: Israel mmarima, adɛn na oyi ho yɛ mo nwanwa, anaasɛ adɛn na mohwɛ yɛn haa sɛdeɛ yɛn ara yɛn tumi, anaa ɛsom pa na yɛde maa no nanteeɛ yi? Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn, yɛn agyanom Nyankopɔn, na wahyɛ n’akoa Yesu a moyii no maeɛ, na mopoo no wɔ Pilato a ɔbuu atɛn sɛ ɔbɛgyaa no no anim no animuonyam. Na mopoo Ɔkronkronni ne Ɔteneneeni no, na mosrɛɛ sɛ wɔmfa owudifoɔ nkyɛ mo. Na nkwa hene no deɛ, mokumm no. Ɔno na Onyankopɔn anyane no afiri awufoɔ mu; ɛho adansefoɔ ne yɛn. Na ɛnam ne din mu gyidie so, na ne din ama oyi a mohu no, na monim no yi ho ayɛ no den. Aane, gyidie a ɛnam Yesu soɔ no na ɛmaa no akwahosan yi wɔ mo nyinaa anim. Na afei, anuanom, menim sɛ nim a monnim nti na moyɛeɛ, sɛ mo mpanimfoɔ ara. Na Onyankopɔn ama deɛ ɔnam n’adiyifoɔ nyinaa anomu ka too hɔ sɛ Kristo no bɛhunu amaneɛ no aba mu saa. Enti monsakyera mo adwene, na monnane mo ho, na wɔapepa mo bɔne, na ɛyɛ a, ahodwoɔ nna afiri Awurade anim aba, na wasoma deɛ wɔayi no asi hɔ ama mo dada no, Yesu Kristo no a ɛsɛ sɛ ɔsoro gye no de kɔsi berɛ a wɔbɛhyɛ nnoɔma a Onyankopɔn nam n’adiyifoɔ kronkron anomu, firi teteete kaeɛ no nyinaa ananmu. Na Mose nso kaa sɛ: Odiyifoɔ a ɔte sɛ me na Awurade mo Nyankopɔn bɛma no soɔ ama mo wɔ mo nuanom mu; ɔno na montie no, sɛdeɛ ɔbɛka akyerɛ mo nyinaa. Na ɛbɛba sɛ ɔkra biara a ɔrentie odiyifoɔ no no, wɔbɛsɛe no afiri ne man mu. Na adiyifoɔ nyinaa a ɛfiri Samuel so, ne wɔn a wɔdi soɔ no, dodoɔ a wɔkasaeɛ, wɔn nso kaa nna yi ho asɛm. Mone adiyifoɔ no ne apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pameeɛ no mma, sɛ ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: Na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so mmusua nyinaa. Mo na Onyankopɔn nyanee n’akoa no, ɔsomaa no wɔ mo nkyɛn kane sɛ ɔmmɛhyira mo, sɛ ɔbɛdane mo nyinaa afiri mo bɔne ho.
3-32f4aea2d83dc0d538daf038930e3af9.mp3
Na yeinom ne Aaron ne Mose mmusua, da a AWURADE ne Mose kasaa Sinai bepɔ soɔ no. Na yeinom ne Aaron mma din: Nadab a ɔyɛ abakan, Abihu, Eleasa ne Itamar. Yeinom ne Aaron mma, asɔfoɔ a wɔsraa wɔn ngo a wɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔnni asɔfoɔ no din. Na Nadab ne Abihu wuwuu AWURADE anim, sɛ wɔde anana gya bi kɔɔ AWURADE anim Sinai serɛ soɔ no, na wɔannya mma; na Eleasa ne Itamar dii asɔfoɔ wɔn agya Aaron anim. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Fa Lewi abusuakuo no bra na fa wɔn bɛgyina ɔsɔfoɔ Aaron anim, na wɔnsom no, na wɔnyɛ ɔno ne asafo no nyinaa adwuma mma wɔn, ahyiaeɛ ntomadan no anim, tenabea no ho som mu, na wɔnhwɛ ahyiaeɛ ntomadan no mu nnoɔma nyinaa so nyɛ Israelfoɔ nnwuma mma wɔn, tenabea no ho som mu. Na fa Lewifoɔ no ma Aaron ne ne mma no, wɔde wɔn ama no koraa afiri Israelfoɔ mu. Na Aaron ne ne mma no deɛ, yi wɔn si hɔ na wɔnkura wɔn asɔfodie no mu; na ɔhɔhoɔ biara a ɔtwe pini ho no, wɔnku no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Na me deɛ, hwɛ, mafa Lewifoɔ no afiri Israelfoɔ mu asi Israelfoɔ mu mmakan a wɔbue ɔyafunu ano no nyinaa ananmu, enti Lewifoɔ no ayɛ me dea. Na mmakan nyinaa yɛ me dea; da a mebobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa no, meyɛɛ Israel mu mmakan nyinaa kronkron mefae, ɛfiri onipa so kɔsi afieboa so; wɔyɛ me dea: Mene AWURADE. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose, Sinai serɛ so sɛ: Kan Lewi mma no sɛdeɛ wɔn mpanimfie ne wɔn mmusua teɛ, mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa, kan wɔn. Na Mose nam AWURADE asɛm no so kan wɔn sɛdeɛ ɔhyɛɛ no no. Na yeinom ne Lewi mma, sɛdeɛ wɔn din teɛ: Gerson, Kohat ne Merari. Na yeinom ne Gerson mma din, sɛdeɛ wɔn mmusuakuo teɛ: Libni ne Simei. Na Kohat mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, ne: Amram ne Isehar, Hebron ne Usiel. Na Merari mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ ne: Mahli ne Musi. Yeinom ne Lewi mmusua no, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ. Gerson deɛ ne Libni abusua ne Simei abusua; yeinom ne Gersonfoɔ mmusua no. Wɔn mu wɔn a wɔkan wɔn no, mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa, wɔn a wɔkan wɔn no yɛ mpem nson ne ahanum. Gersonfoɔ mmusua yi kyeree nsraban tenabea no akyi wɔ atɔeɛ fam. Na Gersonfoɔ agya fie bapɔmma ne Lael ba Eliasaf. Na deɛ Gerson mma no nhwɛ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ho ne tenabea no ne ntomadan no, ne nkatasoɔ ne ahyiaeɛ ntomadan no ano nkataano no, ne adihɔ no ho ntwamutam no ne adihɔ a ɛtwa tenabea no ne afɔrebukyia no ho hyia no ano nkataano ne ne ntampehoma, ntomadan no ho adwuma nyinaa. Na Kohat deɛ ne Amramfoɔ abusua, Iseharfoɔ abusua, Hebronfoɔ abusua ne Usielfoɔ abusua; yeinom ne Kohatfoɔ mmusua no. Mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa dodoɔ yɛ mpem nwɔtwe ne ahansia. Wɔn na wɔyɛ kronkronbea no ho ahwɛfoɔ. Kohat mma no mmusua nkyere nsraban tenabea no nkyɛn, anafoɔ fam. Na Kohatfoɔ mmusua no agya fie bapɔmma ne Usiel ba Elisafan. Na deɛ wɔnhwɛ ne adaka no, ɛpono no, kaneadua no, afɔrebukyia no ne kronkronbea hɔ nnoɔma nyinaa a wɔde som no ne ntwamutam no ne ɛho adwuma nyinaa. Na Lewi mmapɔmma mu panin ne Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa, ɔne wɔn a wɔkura kronkronbea mu no so no mu panin. Merari deɛ ne Mahli abusua ne Musi abusua; yeinom ne Merari mmusua no. Na wɔn a wɔkan wɔn no, mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa dodoɔ yɛ mpem nsia ne ahanu. Na Merari mmusua no agya fie bapɔmma ne Abihail ba Suriel. Tenabea no nkyɛn na wɔnkyere wɔn nsraban atifi fam. Na Merari mma no hwɛ adwuma ne tenabea no ntaaboɔ ne ne mmeamu ne n’adum ne ne nnyinasoɔ ne ɛho nnoɔma nyinaa ne ɛho adwuma nyinaa, ne adihɔ no ho adum a ɛhyia ho no ne ne nnyinasoɔ ne ɛho mpɛɛwa ne ɛho ntampehoma so. Na wɔn a wɔnkyere nsraban, ahyiaeɛ ntomadan no anim, apueeɛ no, ne Mose ne Aaron ne ne mmammarima a wɔkura kronkronbea no ma Israelfoɔ no; na ɔhɔhoɔ a ɔtwe pini no, wɔnku no. Lewifoɔ a wɔkan wɔn a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm so kan wɔn, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no, mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa yɛ mpemaduonu mmienu. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kan Israelfoɔ no mu mmakan mmarima a wɔadi bosome ne akyire nyinaa, na bu wɔn din dodoɔ ano; na fa Lewifoɔ no ma me — mene AWURADE — fa wɔn si Israelfoɔ mu mmakan nyinaa ananmu, ne Lewifoɔ afieboa si Israelfoɔ no afieboa mmakan nyinaa ananmu. Na Mose kan Israelfoɔ mu mmakan nyinaa sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no. Na mmakan mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa din dodoɔ, sɛdeɛ wɔn a wɔkan no teɛ no ano si mpemaduonu mmienu ne ahanu aduɔson mmiɛnsa. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Fa Lewifoɔ si Israelfoɔ mu mmakan nyinaa ananmu ne Lewifoɔ afieboa si wɔn afieboa ananmu, na Lewifoɔ no nyɛ me dea: Mene AWURADE. Na Israelfoɔ mmakan mu nnipa ahanu aduɔson mmiɛnsa a wɔboro Lewifoɔ soɔ no agyedeɛ deɛ, gye obiara dwetɛbena nnum, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ na gyeɛ, gera aduonu nyɛ dwetɛbena baako; na fa dwetɛ a ɛyɛ wɔn a wɔboro wɔn soɔ no agyedeɛ no ma Aaron ne ne mma. Na Mose gyegyee dwetɛ no wɔn a wɔboro wɔn a Lewifoɔ gyee wɔn no soɔ hɔ. Israelfoɔ mmakan hɔ na ɔgyegyee dwetɛ no, apem ahasa aduosia nnum, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ. Na Mose nam AWURADE asɛm so de wɔn a wɔagye wɔn no tiri dwetɛ no maa Aaron ne ne mma, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.
1-9e4805d644234b9c3273fb854e6e7678.mp3
Deɛ ɛwɔ hɔ firi mfitiaseɛ, deɛ yɛateɛ, deɛ yɛde yɛn ani ahunu, deɛ yɛhwɛeɛ na yɛde yɛn nsa kaeɛ, wɔ nkwa asɛm no ho, na nkwa no yii ne ho kyerɛe, na yɛahunu, na yɛdi ho adanseɛ, na yɛka daa nkwa a ɛne Agya no wɔ hɔ na ɛyii ne ho kyerɛɛ yɛn no ho asɛm kyerɛ mo, deɛ yɛahunu na yɛateɛ no na yɛka kyerɛ mo nso, na mo nso ne yɛn anya ayɔnkofa; na yɛn ayɔnkofa no, yɛne Agya no ne ne Ba Yesu Kristo na ɛwɔ. Yɛtwerɛ yeinom brɛ mo, na yɛn anigyeɛ awie pɛyɛ. Na kaseɛ a yɛtee no ne nkyɛn na yɛrebɔ mo yi ne sɛ: Onyankopɔn yɛ hann, na esum biara nni ne mu koraa. Sɛ yɛka sɛ yɛne no wɔ ayɔnkofa na yɛnam sum mu a, yɛdi atorɔ, na yɛnnante nokorɛ mu. Na sɛ yɛnam hann mu sɛ ɔno wɔ hann mu no a, na yɛwowɔ ayɔnkofa wɔ yɛn ntɛm, na ne Ba Yesu mogya te yɛn ho firi bɔne nyinaa mu. Sɛ yɛka sɛ yɛnni bɔne a, na yɛdaadaa yɛn ho, na nokorɛ no nni yɛn mu. Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ a, ɔyɛ nokwafoɔ ne teneneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na wate yɛn ho afiri deɛ ɛntene nyinaa ho. Sɛ yɛka sɛ yɛnyɛɛ bɔne a, yɛma no dane ɔtorofoɔ, na n’asɛm no nni yɛn mu.
2-e55bebdf67d79759340ba987dd820e9c.mp3
Na mo a anka moyɛ awufoɔ wɔ mfomsoɔ ne bɔne mu, na akane no monantee sɛdeɛ wiase abrabɔ teɛ ne sɛdeɛ ewiem tumi no panin no teɛ, honhom a nnansa yi ɛyɛ adwuma wɔ wɔn a wɔyɛ asoɔden mu no. Wɔn mu na anka akane no, yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ deɛ honam ne adwene pɛ, na sɛdeɛ yɛn awosuo teɛ no yɛyɛ nnipa a Onyankopɔn abufuo wɔ yɛn so, te sɛ wɔn a aka no nso. Nanso Onyankopɔn a ne mmɔborɔhunu dɔɔso no nam ne dɔ bebree a ɔde dɔ yɛn no so ama yɛn a anka yɛyɛ awufoɔ wɔ mfomsoɔ mu no ne Kristo anya nkwa, (adom na wɔde agye mo nkwa.) Na wanyane yɛn ne no, na ɔde yɛn ne no atena soro hɔnom, Kristo Yesu mu, sɛ wiase a ɛreba no mu ɔbɛyi n’adom ahonya a ɛboro soɔ no adi wɔ ayamyɛ a ɔyɛ yɛn Kristo Yesu mu mu. Na adom na wɔde nam gyidie so agye mo nkwa, ɛmfiri mo ara, ɛyɛ Nyankopɔn akyɛdeɛ, ɛmfiri nnwuma mu, na obiara anhoahoa ne ho. Na yɛyɛ n’adwinneɛ a ɔyɛeɛ, ɔbɔɔ yɛn Kristo Yesu mu maa nnwuma pa a Onyankopɔn asiesie ato hɔ sɛ yɛnnante mu no. Enti monkae sɛ, mo a anka kane no moyɛ amanaman mufoɔ honam fam, na wɔn a wɔfrɛ wɔn ho twetiatwafoɔ, mekyerɛ wɔn a wɔde nsa ara kɛkɛ twa honam mu no frɛ mo momonoto no, monkae sɛ da bi no na mo ne Kristo nni twaka biara, na na moyɛ ananafoɔ a wɔnyɛ Israel man mma, ne ahɔhoɔ wɔ bɔhyɛ apam ahodoɔ no ho, na monni anidasoɔ biara, na monni Onyankopɔn bi wɔ wiase. Na afei deɛ, Kristo Yesu mu, mo a anka mowɔ akyirikyiri no, monam Kristo mogya mu abɛn. Na ɔno ara ankasa ne yɛn asomdwoeɛ, wayɛ baanu no baako, na wadwiri ɔfasuo a ɛtwa yɛn ntam a ɛne nitan no, ɛfiri sɛ ɔde ne honam yii mmara a ɛnam nsɛm ahodoɔ a ɛwɔ ahyɛdeɛ mu no hɔ, na ɔde wɔn baanu nyinaa abɔ onipa foforɔ baako, ɔno ara ne mu, ama asomdwoeɛ aba, na wafa asɛnnua no so apata aka baanu no abɔ Nyankopɔn ho, nipadua baako mu, ɛfiri sɛ ɔnam asɛnnua no ara so akum nitan no. Na ɔba bɛkaa asomdwoeɛ ho asɛmpa kyerɛɛ mo a mowɔ akyiri ne wɔn a wɔbɛn, ɛfiri sɛ ne so na yɛn baanu nyinaa nam honhom baako mu anya kwan kɔ Agya no nkyɛn. Enti afei monyɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ bio, na mmom moyɛ ahotefoɔ no yɔnko-man-mma ne Nyankopɔn fiefoɔ. Wɔde mo asi asomafoɔ ne adiyifoɔ fapem a Kristo Yesu no ara ne tweaso tiboɔ titire no so. Ne mu na deɛ wɔasie no nyinaa akeka atoa mu, na ɛrepagya akɔyɛ asɔredan kronkron Awurade mu; ne mu na wɔde mo nso resi akɔyɛ Nyankopɔn tenabea, honhom mu.
18-f38a8c39c617506b21c5e3ee179906f7.mp3
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Mokyerɛ sɛn, sɛ mobu bɛ yi Israel asase so sɛ: Agyanom twɛre abunu, na mma se fem, a? Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, moremmu bɛ yi Israel mu bio. Hwɛ, akra nyinaa wɔ me. Sɛ agya kra wɔ me no, sɛ ɔba nso kra wɔ me ne no; ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na ɔbɛwuo. Na sɛ onipa yɛ ɔteneneeni, na ɔyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ, na ɔnni afɔreduane mmepɔ no so, na ɔmma n’ani so nhwɛ Israel fie ahoni huhuo no, na ɔngu ne yɔnko yere ho fi na ɔnkɔ ɔbaa a wayɛ bra ho, na ɔnhom obi so, na ɔde ɔkafoni awowasideɛ sane ma, ɔnyɛ ɔpempensini, ɔde n’aduane ma deɛ ɔdi kɔm na ɔfira ɔdagyani ntoma, na ɔmmɔ bosea na ɔnnye nsiho, na ɔtwe ne nsa firi abusudeɛ ho, na ɔbu onipa ne onipa ntam atɛntenenee, na ɔnam m’ahyɛdeɛ mu, na ɔdi m’atemmudeɛ so di nokwasɛm a, ɔno na ɔteneneeni ne no; nkwa na ɔbɛnya, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Na sɛ ɔwɔ ɔba korɔmfoɔ a ɔka mogya guo, na ɔyɛ yeinom mu baako pɛ, na ɔno ara deɛ ɔnnyɛ nnoɔma yeinom biara, (wanyɛ yeinom mu biara), na sɛ nso ɔdi afɔreduane mmepɔ no so, na ɔgu ne yɔnko yere ho fi, na ɔhom mmɔborɔni ne ohiani so, ɔyɛ ɔpempensideɛ nso ɔnnane mma, na ɔma n’ani so hwɛ ohoni huhuo yɛ akyiwadeɛ, na ɔbɔ bosea na ɔgye nsiho a, ɔbɛnya nkwa anaa? Aane, ɔrennya nkwa! Wayɛ akyiwadeɛ yi nyinaa, wuo na ɔbɛwuo, ne mogya bɛbua n’atifi. Na hwɛ ɔwo ɔba, na ɔno deɛ, ɔhunu n’agya bɔne a ɔyɛ nyinaa, na ɔsuro, na ɔnyɛ saa bi, na ɔnni afɔreduane mmepɔ no so, na ɔmma n’ani so nhwɛ Israel fie ahoni huhuo, na ɔngu ne yɔnko yere ho fi, na ɔnhom obi so, na ɔnnye awowasideɛ nsie, na ɔnyɛ ɔpempensini, na ɔde n’aduane ma deɛ ɛkɔm de no, ɔfira ɔdagyani ntoma, na ɔsianka ne nsa firi mmɔborɔni ho, na ɔnnye mfɛntomu ne nsiho, na ɔyɛ m’atemmudeɛ nam m’ahyɛdeɛ mu a, ɔno deɛ, ɔrenwu n’agya amumuyɛ mu; nkwa na ɔbɛnya. N’agya no, ɛnam sɛ wadi amim, asi ne nua apempem, na wayɛ deɛ ɛnyɛ, ne man mu nti hwɛ, ɔbɛwu n’amumuyɛ mu. Na moka sɛ: Adɛn nti na ɔba nsoa n’agya amumuyɛ bie? Na sɛ ɔba no ayɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ adi m’ahyɛdeɛ nyinaa so ayɛ a, nkwa na ɔbɛnya. Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno na ɔbɛwuo; ɔba rensoa n’agya amumuyɛ bi, na agya nso rensoa ne ba amumuyɛ bi; ɔteneneeni tenenee bɛtena ne so, na ɔbɔnefoɔ abɔnefosɛm bɛtena ne so. Na ɔbɔnefoɔ nso, sɛ ɔsane firi ne bɔne a wayɛ nyinaa ho, na ɔdi m’ahyɛdeɛ nyinaa so, yɛ atemmudeɛ a, nkwa na ɔbɛnya, ɔrenwu. Ne mmarato adeɛ a ɔyɛeɛ nyinaa, wɔrenkae mma no bio; ne tenenee a wayɛ no mu na ɔbɛnya nkwa. Pɛ na mepɛ ɔbɔnefoɔ wuo anaa? AWURADE Nyankopɔn asɛm nie; ɛnyɛ sɛ ɔsane firi ne kwan soɔ na ɔnya nkwa na mepɛ anaa? Nanso sɛ ɔteneneeni sane firi ne tenenee ho kɔyɛ abusudeɛ ne akyiwadeɛ nyinaa a ɔbɔnefoɔ yɛ a, ɔbɛnya nkwa anaa? Ne tenenee a ɔyɛeɛ nyinaa, wɔrenkae; ne fom a wafom ne ne bɔne a wayɛ no mu na ɔbɛwuo. Nanso moka sɛ AWURADE kwan ntene. Montie ɛ, Israel fie, me kwan ntene anaa? Ɛnyɛ mo akwan na ɛntene? Sɛ ɔteneneeni sane firi ne tenenee ho kɔyɛ abusudeɛ, na ɔwu wɔ mu a, n’abusudeɛ a ɔyɛeɛ no mu na ɔwuiɛ. Nso sɛ ɔbɔnefoɔ sane firi n’abɔnefosɛm a wadie no ho bɛyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ a, ɔno deɛ, wagye ne kra nkwa. Na sɛ wahunu, na wasane afiri ne mmarato a ɔdiiɛ no nyinaa ho nti, nkwa na ɔbɛnya, ɔrenwu. Nanso Israel fie ka sɛ AWURADE kwan ntene. M’akwan ntene, Israel fie? Ɛnyɛ mo akwan na ɛntene? Ɛno nti Israel fie, mɛbu mo mo akwan ho atɛn mmaako mmaako, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Monsane na monnane mo ho mfiri mo mmaratodeɛ nyinaa ho, na mmusuo anyɛ suntidua amma mo. Montoto mo mmaratodeɛ a mode too mmara no nyinaa mfiri mo so ngu, na monyɛ akoma foforɔ ne honhom foforɔ mfa. Na adɛn nti na ɛsɛ sɛ mowuo yi, Israel fie? Na menni deɛ ɔrewuo no wuo ho anigyeɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Enti monsane, na mommɛnya nkwa.
3-635ad7efc67ea552a35a9bbab0cd8598.mp3
Na mese: Montie ɛ, Yakob atitire ne Israel fie atemmufoɔ, ɛnyɛ mo na ɛsɛ sɛ mohunu atemmuo? Mo na motane papa na modɔ bɔne, modwa wɔn wedeɛ firi wɔn ho, ne wɔn nam firi wɔn nnompe ho, na mo na moadi me man nam, na moaworɔ wɔn wedeɛ afiri wɔn ho, na moabubu wɔn nnompe mu, na moatwitwa no sɛ kukuo mu adeɛ, ne ɛsɛn mu nam. Ɛno na wɔbɛsu afrɛ AWURADE, nanso ɔremmua wɔn, na ɔde n’anim bɛhunta wɔn berɛ no mu, sɛdeɛ wɔmaa wɔn nneyɛɛ yɛɛ bɔne no. Sei na AWURADE ka tia adiyifoɔ a wɔdaadaa me man na wɔde wɔn se ka na wɔka sɛ: Asomdwoeɛ! na deɛ ɔmfa biribi nhyɛ wɔn anomu no, wɔkyere ne so sa no. Saa nti adeɛ bɛsa mo, mo anisoadehunu ho, na esum aduru mo, mo nkɔmhyɛ ho, na owia bɛtɔ adiyifoɔ no so, na adekyeeɛ adane wɔn so sum kabii; na adehunufoɔ no ani bɛwuwu, na nkɔmhyɛfoɔ no anim asinsiam, na wɔn nyinaa bɛmuamua wɔn ano, ɛfiri sɛ Nyankopɔn mmuaeɛ biara nni hɔ. Na me deɛ, AWURADE honhom mu tumi ne atemmuo ne mmaninyɛ ahyɛ me ma, sɛ menkyerɛ Yakob ne mmarato, ne Israel ne bɔne. Montie yei ɛ, Yakob fie atitire ne Israel fie atemmufoɔ, mo a mokyiri atemmuo na mokyea deɛ ɛtene nyinaa, mo a mokyekyere Sion, mogyahwieguo mu ne Yerusalem, akontonkyideɛ mu. Emu atitire gye adanmudeɛ bu atɛn, na emu asɔfoɔ gye akatua kyerɛkyerɛ, na emu adiyifoɔ gye sika hyɛ nkɔm, na wɔtwere AWURADE ka sɛ: Ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn ntɛm yi? Bɔne biara remma yɛn so. Saa nti, mo nti wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afuo, na Yerusalem adane aboɔ akuakuo, na efie no bepɔ adane kwaeɛ sorɔnsorɔmmea.
13-4d8efafbebbd5f1c8d724f2f804912cc.mp3
Hwɛ, m’ani ahunu ne nyinaa, m’aso nso ate, na ate aseɛ; deɛ monim no, me nso menim. Mentɔ mu wɔ mo mu. Me deɛ, mepɛ sɛ anka me ne Otumfoɔ no mmom bɛkasa, na mehwehwɛ sɛ me ne Onyankopɔn bɛyiyi nsɛm ano. Na mo deɛ, moyɛ atorofoɔ mapa, ayaresafoɔ ahuhufoɔ ne mo nyinaa. Sɛ momua mo ano mmom koraa a, anka ɛyɛ mo nyansa. Montie me nkurobɔ, na monyɛ aso mma m’anoyie. Mobɛka deɛ ɛntene ama Onyankopɔn, na mode nnaadaa aka ama no anaa? Mobɛgye ne ti, anaasɛ mobɛham ama Onyankopɔn? Ɔhwehwɛ mo mu a, ɛbɛsi yie, anaasɛ mobɛdaadaa no sɛdeɛ wɔdaadaa ɔdasani? Sɛ mohwɛ nnipa anim kokoa mu a, ɔbɛka mo anim ampa. Ne kɛseyɛ rentu mo akoma, na ne ho hu mma mo so? Mo kasammebuo yɛ nso mmebusɛm, mo anoyie yɛ dɔteɛ anoyie. Mommua mo ano mfiri me so, na me ara menkasa, na deɛ ɛbɛba me soɔ mmra. Adɛn nti na memfa me honam mentua me se ano, na memfa me kra mento me nsam? Sɛ ɔreku me mpo a, mehwɛ ɔno ara; mede me nsɛm bɛto n’anim. Yei ara nso na ɛbɛyɛ me nkwagyeɛ, ɛfiri sɛ ɔbɔnefoɔ remma n’anim. Montie, montie deɛ mewɔ meka, na m’asɛm nkyerɛaseɛ nhyɛne mo aso mu. Hwɛ, masiesie m’asɛm mato hɔ, menim sɛ me na mɛdi bem. Hwan ne deɛ ɔne me bɛham? Ɛnneɛ anka mɛyɛ komm na magyaa mu. Ao! AWURADE, sɛ woreyɛ adeɛ mmienu yi pɛ ama me a, ɛno na meremfa me ho menhunta mfiri w’anim: Yi wo nsa firi me so kɔ akyirikyiri, na mma wo ho hu nnkuta me; ɛno na frɛ me, na me nso mɛgye so, anaasɛ mɛkasa, na woabua me. Me bɔne ne me mfomsoɔ yɛ ahe ara? Ma menhunu me mmarato ne me bɔne. Adɛn nti na wode w’ani hunta, na wobu me wo tamfo? Wobɛyi ahahan a mframa de rekorɔ ahi, na wobɛti nkraadua a adwan? Na wotwerɛɛ me ho nsɛm yaya, na woma medi me mmeranteberɛ mu bɔne so adeɛ. Wode me nan hyehyɛ ɛpa mu, na wowɛn m’akwan nyinaa, wotwa m’anammɔn ho hyeɛ. Na onipa deɛ, ɔporɔ sɛ dufɔkyeɛ, sɛ ntoma a nweweboaa redie.
27-90264b3d7977e540628f6d480d247ff4.mp3
AWURADE ne me hann ne me nkwagyeɛ, hwan na mensuro no? AWURADE ne me nkwa ahoɔden, hwan anim na me ho mpopoɔ? Nnipa bɔne a wɔhyɛ me so na wɔtane me, sɛ wɔretoa me abɛsunsuane me a, wɔawatiwatiri na wɔahwehwe ase. Sɛ dɔm kyere me so nsraban a, m’akoma rentu; sɛ wɔtu me so sa a, ɛno mu mpo na me ho tɔ me. Adeɛ baako na masrɛ AWURADE, ɛno na mɛhwehwɛ akyiri kwan; sɛ me nna a medie nyinaa mɛtena AWURADE fie, na mahwɛ AWURADE animteɛ, na madwene me tirim wɔ n’asɔrefie. Na ɔkora me ne sese mu wɔ hia da, ɔde me hunta ne ntomadan ahuntaeɛ, ɔma me so gyina ɔbotan so. Na afei ɔbɛma me tiri so, m’atamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no so, na mabɔ ne ntomadan mu ayeyie afɔdeɛ, na mato AWURADE sankuo dwom. AWURADE, tie me sufrɛ; hu me mmɔbɔ, na gye me so. Woaka sɛ: Monhwehwɛ m’anim, nti, m’akoma se wo sɛ: AWURADE, w’anim na merehwehwɛ. Nyi w’anim nhunta me, mfa abufuo mpamo w’akoa. Me boafoɔ ne wo, nto me ntwene, na nnya me, me nkwagyeɛ Nyankopɔn. Na m’agya ne me na agya me, na AWURADE deɛ, ɔgye me. AWURADE, kyerɛ me wo kwan, na fa me fa ɔtempɔn tamaa so, m’atɛfoɔ nti. Nnane me mma sɛdeɛ m’atamfoɔ pɛ, na adansekurumfoɔ asɔre atia me, ne wɔn a wɔpu aniɛdensɛm. Megye medi sɛ mɛhunu AWURADE ayamyɛ, ateasefoɔ asase so. Ma w’ani nna AWURADE so, hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru, Aane, ma w’ani nna AWURADE so.
8-7a0994ec33c7505e87658c137b26a49f.mp3
Na ɛberɛ a Samuel bɔɔ akora no, ɔde ne mma sisii Israel so atemmufoɔ. Na n’abakan din de Yoel, na deɛ ɔka ho no de Abiya; wɔyɛɛ atemmufoɔ wɔ Beer-seba. Nanso ne mma amfa n’akwan so, na wɔmane kɔdii mfasoɔ akyi, na wɔgyegyee adanmudeɛ, na wɔbubuu ntɛnkyea. Ɛnna Israel mpanimfoɔ nyinaa hyia baa Samuel nkyɛn wɔ Rama bɛka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woabɔ akora, na wo mma mfa w’akwan so. Afei si ɔhene ma yɛn na ɔnni yɛn so te sɛ amanaman nyinaa. Na asɛm no ansɔ Samuel ani sɛ wɔkaa sɛ: Ma yɛn ɔhene na ɔnni yɛn so no. Na Samuel bɔɔ AWURADE mpaeɛ. Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie deɛ ɔman no seɛ ne deɛ wɔka kyerɛ woɔ no nyinaa, ɛfiri sɛ ɛnyɛ wo na wɔapo woɔ, na me na wɔapo me, sɛ mennni wɔn so hene. Wɔn nneyɛɛ a wɔayɛ nyinaa firi da a meyii wɔn Misraim baeɛ de bɛduru nnɛ yi de agyaa me akɔsom anyame foforɔ no, saa ara na wɔreyɛ wo nso yi. Enti, afei tie wɔn; na kasa kyerɛ wɔn, na kyerɛ wɔn ɔhene a ɔbɛdi wɔn soɔ no atemmudeɛ. Na Samuel kaa AWURADE nsɛm no nyinaa kyerɛɛ ɔman no a wɔbisaa ne hɔ ɔhene no. Na ɔkaa sɛ: Yei ne ɔhene a ɔbɛdi mo soɔ no atemmudeɛ: Ɔbɛfa mo mmammarima de wɔn akɔ ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ mu, na wama wɔatu mmirika adi ne nteaseɛnam anim sɛ awɛmfoɔ, na ɔde wɔn asisi mpempem so asafohene ne aduonum so asafohene afa, na wama wɔadɔ n’asase na wɔatwa ne nnɔbaeɛ, na wɔayɛ n’akodeɛ ne ne nteaseɛnam ho adeɛ. Na ɔbɛfa mo mmammaa ayɛ adufrafoɔ ne soodofoɔ ne paanootofoɔ. Na ɔbɛfa mo mfuo ne mo bobe nturo mu deɛ ɛyɛ de ama ne nkoa. Na ɔbɛgye mo ayufuo ne bobe nturo mu aba mu ntotosoɔ du du de ama gyaasefoɔ ne ne nkoa. Na ɔbɛfa mo nkoa ne mo mfenaa, ne mo mmeranteɛ a wɔn ho tua wɔn ho, ne mo mfunumu de ayɛ n’adwuma. Ɔbɛgye mo nnwan mu ntotosoɔ du du. Na mobɛyɛ ne nkoa. Na da no, mo hene a moayi no adi mo soɔ no nti mobɛsu afrɛ, nanso AWURADE remmua mo da no. Na ɔman no ampene sɛ wɔtie Samuel, na wɔkaa sɛ: Dabi, na ɔhene ara na ɔnni yɛn soɔ, na yɛn nso yɛnyɛ sɛ amanaman nyinaa, na yɛn hene no mmu yɛn atɛn, na ɔmfiri adi nni yɛn anim nni ako mma yɛn. Na Samuel tee ɔman no nsɛm nyinaa no, ɔka guu AWURADE aso mu. Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie wɔn, na si hene ma wɔn. Na Samuel ka kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ: Monkɔ mo nkuro mu.
36-6bc01d12cb0e97d5fcaa77971c80404a.mp3
Na asase no sofoɔ no faa Yosia ba Yehoahas sii no hene n’agya ananmu Yerusalem. Yehoahas dii mfeɛ aduonu mmiɛnsa na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene abosome mmiɛnsa wɔ Yerusalem. Na Misraimhene no tuu no adeɛ so Yerusalem, na ɔgyee asase no apeatoɔ dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha ne sika dwetikɛseɛ. Na Misraimhene no de ne nua Eliakim sii Yuda ne Yerusalem so hene, na ɔdanee ne din yɛɛ no Yehoiakim; na ne nua Yehoahas deɛ, Neko faa no kɔɔ Misraim. Yehoiakim dii mfeɛ aduonu nnum na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dubaako wɔ Yerusalem. Na ɔyɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn ani so bɔne. Ɔno so na Babelhene Nebukadnessar foro baeɛ, na ɔde kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no, sɛ ɔde no rekɔ Babel. Na AWURADE fie nnoɔma no bi nso Nebukadnessar de kɔɔ Babel kɔsiee n’ahemfie wɔ Babel. Na Yehoiakim ho nsɛm nkaeɛ ne n’akyiwadeɛ a ɔyɛeɛ, ne deɛ wɔhunuu no ne ho no, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma no mu. Na ne ba Yehoiakyin bɛdii n’adeɛ. Yehoiakyin dii mfeɛ nwɔtwe na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene abosome mmiɛnsa ne dadu wɔ Yerusalem. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne. Na afe no duruiɛ no, Ɔhene Nebukadnessar soma maa wɔbɛfaa no ne AWURADE fie afɛfɛdeɛ nso kɔɔ Babel, na ɔde ne nua Sedekia sii Yuda ne Yerusalem so hene. Sedekia dii mfeɛ aduonu baako na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dubaako Yerusalem. Na ɔyɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn ani so bɔne. Wammrɛ ne ho ase Odiyifoɔ Yeremia a na ɔkasa AWURADE ano no anim. Afei nso ɔtee Ɔhene Nebukadnessar a ɔmaa no kaa Nyankopɔn ntam no anim atua. Na ɔsenee ne kɔn na ɔpirim n’akoma sɛ ɔrensane mma AWURADE Israel Nyankopɔn nkyɛn. Nso asɔfoɔ no mu mpanimfoɔ nyinaa ne ɔman no maa wɔn mmarato dɔɔso pii sɛ wiase amanaman akyiwadeɛ nyinaa, na wɔguu AWURADE fie a wayɛ no kronkron Yerusalem no ho fi. Na AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no somaa n’abɔfoɔ baa wɔn nkyɛn, ɔtuaa nhema somaa wɔn, ɛfiri sɛ ne yam hyehyee no maa ne man ne ne tenabea no. Nanso wɔdii Nyankopɔn abɔfoɔ no ho fɛw, na wɔbuu ne nsɛm no animtia, na wɔsereseree n’adiyifoɔ no de kɔsii sɛ AWURADE abufuhyeɛ no sɔre tiaa ne man no a wɔannya ano aduro. Na ɔyii Kaldeafoɔ hene no baa wɔn so, na ɔde nkrantɛ bɛkunkumm wɔn mmeranteɛ, wɔ wɔn kronkronbea fie, na wanni aberanteɛ ne ababaa, akɔkoraa ne deɛ wafu dwono ho adɔna, ɔde wɔn nyinaa hyɛɛ wɔn nsa. Na Nyankopɔn fie nnoɔma no nyinaa, akɛseɛ ne nketewa, ne AWURADE fie akoradeɛ ne ɔhene no ne ne mmapɔmma akoradeɛ, ɔde ne nyinaa kɔɔ Babel. Na wɔhyee Nyankopɔn fie no, na wɔdwirii Yerusalem fasuo no, na emu aban afɛfɛ nyinaa, wɔde ogya hyee, na emu afɛfɛdeɛ nyinaa sɛee. Na nkaeɛ a wɔantotɔ afena ano no, ɔtuu wɔn kɔɔ Babel na wɔkɔyɛɛ ɔno ne ne mma nkoa kɔsii Persia ahennie no kyekyerɛ, sɛ wɔmma AWURADE asɛm a ɔde Yeremia ano kaeɛ no mmra mu, sɛ ɛnkɔsi sɛ asase no ani bɛsɔ ne home mfeɛ no; amamfo nna nyinaa na ɛrehome akɔsi sɛ mfirinhyia aduɔson bɛwie duro. Na Persiahene Kores afe a ɛdi kan mu no, sɛ AWURADE asɛm a ɔde Yeremia ano kaeɛ no bɛba mu nti, AWURADE kanyann Persiahene Kores honhom, na ɔmaa wɔkɔpaee no n’ahennie nyinaa mu, na wɔtwerɛe nso sɛ: Sɛ Persiahene Kores seɛ nie: Asase so ahennie nyinaa na AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn no de ahyɛ me nsa, na ɔno ara de ato me so sɛ mensi efie memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda. Mo mu biara a ɔwɔ ha a ɔbɛtumi no, AWURADE ne Nyankopɔn nni n’akyi, na ɔmforo nkɔ.
6-1abf61bb55fdfee995426921d6440baa.mp3
Monhwɛ yie na moanyɛ mo tenenee nnipa anim sɛ wɔbɛhu mo; anyɛ saa a, monni akatua wɔ mo Agya a ɔwɔ soro no nkyɛn. Enti woreyɛ adɔeɛ a, nhyɛn totorobɛnto nni w’anim, sɛdeɛ nyaatwomfoɔ no yɛ no hyia adan mu ne aborɔno soɔ, sɛdeɛ wɔbɛnya nnipa anim animuonyam. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada. Na wo deɛ, woreyɛ adɔeɛ a, mma wo benkum nnhunu deɛ wo nifa reyɛ no; na w’adɔeɛ aka kokoam, na w’agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka. Na sɛ morebɔ mpaeɛ a, monnyɛ sɛ nyaatwomfoɔ no; na wɔpɛ sɛ wɔgyina hyia adan mu, ne mmɔntene ntweaso bɔ mpaeɛ, na nnipa ahu wɔn. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada. Na wo deɛ, worebɔ mpaeɛ a, hyɛne wo pia mu, na to wo pono mu na bɔ w’agya a ɔwɔ kokoam no mpaeɛ, na w’agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka. Na sɛ morebɔ mpaeɛ a, monnkasakasa pii kwa sɛ abosonsomfoɔ; na wɔsusu sɛ wɔn kasa tentene nti wɔbɛtie wɔn! Enti monnyɛ sɛ wɔn; na mo Agya nim nnoɔma a ɛhia mo ansa na moabisa no. Enti mommɔ mpaeɛ sɛ: Yɛn Agya a wowɔ soro, Wo din ho nte, W’ahennie mmra, Deɛ wopɛ nyɛ wɔ Asase so, sɛdeɛ ɛyɛ wɔ ɔsoro. Ma yɛn yɛn daa aduane nnɛ, Na fa yɛn aka kyɛ yɛn, sɛdeɛ yɛde kyɛ wɔn a wɔde yɛn aka. Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, Na yi yɛn firi bɔne mu. [Na wo na ahennie ne ahoɔden ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen.] Na sɛ mode nnipa mfomsoɔ kyɛ wɔn a, mo soro Agya de mo deɛ bɛkyɛ mo nso. Na sɛ moamfa nnipa mfomsoɔ ankyɛ wɔn a, mo Agya no nso remfa mo mfomsoɔ nkyɛ mo. Na sɛ moredi mmuada a, monnyɛ mo anim bosaa sɛ nyaatwomfoɔ no, na wɔnyinyane wɔn anim sɛdeɛ nnipa bɛhunu sɛ wɔredi mmuada. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada. Na wo deɛ, woredi abuada a, sra wo tirim, na hohoro w’anim, na nnipa anhunu sɛ woredi abuada, na mmom w’agya a ɔwɔ kokoam no; na w’agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka. Monnhyehyɛ agyapadeɛ asase so, faako a nweweboaa ne nnaakyen sɛe no, na awifoɔ bubu kɔwia. Na mmom monhyehyɛ agyapadeɛ ɔsoro, faako a nweweboaa ne nnaakyen nsɛe no, na awifoɔ mmubu nkɔwia; na faako a w’agyapadeɛ wɔ no, ɛhɔ na w’akoma nso wɔ. Nipadua kanea ne ani. Enti sɛ w’ani yɛ a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ hann. Na sɛ w’ani nyɛ a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ kusuu. Na sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, esum no mu bɛyɛ duru yie. Obiara ntumi nsom awuranom baanu. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛtane baako na wadɔ baako, anaasɛ ɔde ne ho bɛbata baako no, na wabu baako animtia. Morentumi nsom Onyankopɔn ne mamon. Yei nti mese mo sɛ: Monnnwennwene mo kra ho sɛ ɛdeɛn na mobɛdie, anaasɛ ɛdeɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ ɛdeɛn na mobɛfira. Ɔkra nsene aduane, na nipadua nsene ntoma anaa? Monhwɛ wiem nnomaa sɛ wɔngu na wɔntwa na wɔmmoaboa ano ngu asan soɔ, nanso mo soro Agya yɛne wɔn; na monsom boɔ nsene wɔn anaa? Mo mu hwan na ɔdwennwene a, ɔbɛtumi de da koro ato ne nkwa nna soɔ? Na adɛn na modwendwene ntoma ho? Monhwɛ wiram sukooko, sɛdeɛ ɛnyini; ɛnyɛ adwuma, nso ɛnto asaawa, nanso mese mo sɛ, Salomo animuonyam nyinaa mu no wanhyehyɛ ne ho sɛ yeinom mu baako. Na sɛ Onyankopɔn fira wiram ahahan a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu fononoo mu no ntoma saa a, ɔrenyɛ deɛ ɛkyɛne yei mma mo, mo a mo gyidie sua? Enti monnnwennwene sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛdie, anaasɛ ɛdeɛn na yɛbɛnom, anaasɛ ɛdeɛn na yɛbɛfira? Na yeinom nyinaa akyi na wiase amanaman no die. Na mo soro Agya nim sɛ yei nyinaa hia mo. Na monhwehwɛ Nyankopɔn ahennie ne ne tenenee kane; na wɔde yeinom nyinaa bɛka mo ho. Enti monnnwennwene ɔkyena ho; na ɔkyena no ara bɛdwendwene ne ho. Da biara mu bɔne dɔɔso ma ɛda no.
2-8aa2a1408a92dfd9519b027543f6af23.mp3
Na anuanom, mo ara monim sɛ yɛn kwan a yɛnya baa mo nkyɛn no anyɛ kwa. Na ɛwom sɛ yɛadi kan ahunu amane, na wɔabɔ yɛn adapaa wɔ Filipi sɛdeɛ monim no deɛ, nanso yɛyɛɛ nnam wɔ yɛn Nyankopɔn mu, sɛ yɛbɛka Nyankopɔn asɛmpa no akyerɛ mo, ɔko bebree mu. Na yɛn afotusɛm no mfiri nnaadaa anaa adwemmɔne mu, nanso ɛnnam nsisie mu, na sɛdeɛ Onyankopɔn abu no sɛ yɛfata sɛ ɔde asɛmpa no hyɛ yɛn nsa no, saa ara nso na yɛkasa, ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom Onyankopɔn a ɔsɔ yɛn akoma hwɛ no ani. Na sɛdeɛ monim no, Onyankopɔn ne yɛn danseni, yɛnkaa adɛfɛdɛfɛsɛm da, nso yɛmfaa asɛm biara nyɛɛ anibereɛ nkatasoɔ, anaasɛ yɛnhwehwɛɛ nnipa anim animuonyam mfirii mo anaa afoforɔ nkyɛn, ɛwom sɛ anka yɛwɔ ho kwan sɛ yɛyɛ yɛn ho akɛseɛ sɛ Kristo asomafoɔ; nanso yɛbrɛɛ yɛn ho ase wɔ mo mu, sɛdeɛ ɔbagyegyefoɔ bi yɛne ɔno ara ne mma. Na ɛsiane sɛ yɛpɛ mo asɛm yie saa nti, yɛpɛɛ sɛ anka ɛnyɛ Nyankopɔn asɛmpa no nko na yɛne mo bɛkyɛ, na yɛn ara yɛn kra nso bi, ɛfiri sɛ moayɛ yɛn adɔfo. Na anuanom, mokae yɛn mmɔdemmɔ adwuma ne ɔbrɛ, yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo, na yɛanyɛ adesoa amma mo mu biara, na yɛde kaa Nyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo. Mo ne Onyankopɔn ne adansefoɔ sɛdeɛ yɛyɛɛ yɛn ho kronkron ne tenenee ne nnipa a wɔn ho nni asɛm maa mo agyidifoɔ. Afei nso monim, sɛdeɛ yɛtuu mo nyinaa fo mmaako mmaako, sɛdeɛ agya bi yɛ ne mma, na yɛhyɛɛ mo den, na yɛdii mo adanseɛ sɛ monnante sɛdeɛ ɛsɛ Onyankopɔn a wafrɛ mo akɔ n’ahennie ne n’animuonyam mu no. Yei nti nso yɛda Onyankopɔn ase daa, ɛfiri sɛ monyaa Nyankopɔn asɛm no firii yɛn nkyɛn no, mogyee, ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Nyankopɔn asɛm, sɛdeɛ ɛteɛ ampa, ɛno nso na ɛyɛ mo a mogye die no mu adwuma kɛse. Na mo, anuanom, moayɛ sɛ Nyankopɔn asafo a ɛwɔ Yudea no, Kristo Yesu mu, ɛfiri sɛ mo nso mohunuu mo ara mo manfoɔ nsa mu amane saa ara, sɛdeɛ wɔn nso wɔhunuu no Yudafoɔ mu no. Wɔn na wɔkumm Awurade Yesu ne adiyifoɔ no, na wɔtaa yɛn pamm yɛn, nso wɔnsɔ Nyankopɔn ani, na wɔne nnipa nyinaa di asie. Wɔbara yɛn sɛ yɛnnkasa nnkyerɛ amanaman no, na wɔannye wɔn nkwa, wɔde hyɛ wɔn bɔne ma daa, nso abufuo no anya aba wɔn so awie. Na yɛn deɛ, anuanom, wɔyii yɛn firii mo nkyɛn berɛ kakraa bi wɔ honam mu na ɛnyɛ akoma mu no, yɛbɔɔ mmɔden bebree anigyina pii mu sɛ yɛbɛhunu mo anim. Enti anka yɛpɛɛ sɛ yɛba mo nkyɛn, me Paulo titire, ne prɛko ne mprenu so, nanso Satan sii yɛn kwan. Na hwan ne yɛn anidasoɔ anaa anigyeɛ anaa ahohoahoa abotire yɛn Awurade Yesu Kristo anim wɔ ne ba mu, mo nso monni mu bi anaa? Aane, mone yɛn animuonyam ne yɛn anigyeɛ.
65-325299fd7c60d560cabe81a835f6d764.mp3
Medaa me ho so metwɛn wɔn a wɔammisa m’akyiri kwan no; na wɔn a wɔanhwehwɛ me no, metwɛnee sɛ anka wɔbɛhu me. Mekaa sɛ: Menie, menie, mekyerɛɛ ɔman a wammɔ me din no. Mebaee me nsam daa nyinaa mekyerɛɛ ɔman asobrakyefoɔ, wɔn a wɔnam ɔkwan a ɛnyɛ so di wɔn adwene akyiri no; ɔman a wɔyi me ahi wɔ m’anim daa, wɔbobɔ afɔdeɛ nturo mu, na wɔhye nnuhwam ntaayaa soɔ; wɔtenatena adamena mu, deda nkokoam anadwo, wɔdi prakonam, na akyiwadeɛ nkwan wɔ wɔn nkwansɛn mu. Wɔka sɛ: Twe wo ho, nka me, na me ho te sene woɔ no. Yeinom ne me hwene mu wisie, ogya a ɛdɛre daa nyinaa. Hwɛ, wɔatwerɛ no wɔ m’anim: Merenyɛ komm, na mɛtua so ka, aane, mɛtua so ka agu wɔn kokom. Mɛka mo amumuyɛdeɛ ne mo agyanom amumuyɛdeɛ abom atua so ka, AWURADE na ɔseɛ; ɛfiri sɛ wɔahye aduhwam wɔ mmepɔ soɔ na wɔasopa me wɔ nkokoɔ soɔ nti, mɛsusu wɔn akane nneyɛɛ atua so ka. Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛdeɛ nsa ba bobe aba esia mu a wɔka sɛ: Nsɛe no, na nhyira wɔ mu, no, saa ara na me nkoa nti mɛyɛ, na mansɛe wɔn nyinaa. Na mɛyi asefoɔ afiri Yakob mu, ne me bepɔ sodifoɔ afiri Yuda mu, na wɔn a mayi wɔn no bɛdi so, na me nkoa atena hɔ. Na Saron bɛdane nnwankuo adidibea, na Akor bonhwa no ayɛ anantwie dabea ama me man a wɔhwehwɛ m’akyiri kwan no. Na mo a mogya AWURADE na mo werɛ firi me bepɔ kronkron no na moto pono ma Siadeɛ bosom na mohyɛ afrasa nkuruwa amama ma Hyɛberɛ bosom no, me nso mede mo bɛma afena, na wɔakum; ɛfiri sɛ mefrɛe, na moannye so, mekasae, na moantie, na moyɛɛ deɛ ɛyɛ m’ani so bɔne, na deɛ mempɛ na moyiiɛ. Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me nkoa bɛdidi, na mo deɛ, mobɛdi kɔm; hwɛ, me nkoa bɛnom, na mo deɛ, sukɔm bɛde mo; hwɛ, me nkoa ani bɛgye, na mo deɛ, mo ani bɛwu; hwɛ, me nkoa de akoma pa bɛto ahurisie dwom, na mo deɛ, mode akoma mu yea bɛteam, na mode honhom a abubuo asu yɔɔ. Na mobɛgya mo din de ayɛ ntanka ama wɔn a mayi wɔn, na AWURADE Nyankopɔn bɛku mo, na wato ne nkoa din foforɔ, na ama deɛ ɔhyira ne ho asase no soɔ no ahyira ne ho wɔ nokorɛdie Nyankopɔn mu; na deɛ ɔka ntam wɔ asase no soɔ no de nokorɛdie Nyankopɔn no aka ntam; ɛfiri sɛ wɔn werɛ bɛfiri akane amanehunu no, na ahunta afiri m’anim. Na hwɛ, merebɔ ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ, na wɔrenkae kane nnoɔma no na ɛremma adwene mu bio; na mmom, momma mo ho nsɛpɛ mo na monni ahurisie daa daa, adeɛ a merebɔ no nti; na hwɛ, merebɔ Yerusalem ama no ayɛ ahurisidie, ne ne man, ama no ayɛ ahosɛpɛ. Na mɛdi Yerusalem ho ahurisie, na me ho asɛpɛ me me man ho, na wɔrente esu ne nteateam wɔ mu bio. Wɔrenhunu emu abotafowa a ne nna nware bio, anaa akɔkoraa a wanwie ne nna die; na abɔfra bɛdi mfirinhyia ɔha ansa na wawu, na ɔdebɔneyɛni a wadi mfeɛ ɔha no yɛ deɛ wadome no. Na wɔbɛsisi adan atena mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntena mu, na wɔrennua mma obi nni, na me man nna bɛware ayɛ sɛ dua nna, na wɔn a mayi wɔn yi bɛdi wɔn nsa ano adwuma akyɛre. Wɔrenyɛ adwumayɛhunu, na wɔrenwo mma mma mpatuwuo, ɛfiri sɛ wɔyɛ wɔn a AWURADE ahyira wɔn no asefoɔ, wɔne wɔn mma. Na wɔnnya mfrɛeɛ no, mɛgye so; wɔda so rekasa no, mɛtie. Pataku ne odwammaa bɛdidi faako, na gyata awe wira sɛ nantwie; na ɔwɔ deɛ, dɔteɛ na ɛbɛyɛ n’aduane; wɔrempira, na wɔrensɛe adeɛ bio, wɔ me bepɔ kronkron no nyinaa so, AWURADE na ɔseɛ.
20-22e02cd71dff951e7e8777f4eca79425.mp3
Nna no mu no Hesekia yaree owuyadeɛ. Na Amos ba, Odiyifoɔ Yesaia baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hyɛ wo fie nsamanseɛ, na worebɛwu na worennya nkwa. Ɛnna Hesekia danee n’ani kyerɛɛ ɔfasuo, na ɔbɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ: Ao, AWURADE, kae sɛdeɛ manante w’anim nokorɛ ne akoma a ɛyɛ pɛ mu, na mayɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ. Na Hesekia suu esu kɛseɛ. Na ɛbaa sɛ, Yesaia nnya mfirii mfimfini abannwa no mu no, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Sane kɔka kyerɛ Hesekia, me man so hwɛfoɔ no sɛ: Sɛ AWURADE, w’agya Dawid Nyankopɔn seɛ nie: Mate wo mpaebɔ, mahunu wo nisuo, hwɛ, me na mɛsa wo yadeɛ. Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no wobɛforo akɔ AWURADE fie. Na mede mfirinhyia dunum bɛto wo nna so, na mɛgye wo ne kuro yi afiri Asiriahene nsam, na mabɔ kuro yi ho ban, me ara ne m’akoa Dawid nti. Na Yesaia se: Momfa borɔdɔma a wɔabɔ no ɛtoa mmra. Na momfa ntare mpɔmpɔ no so na ɔnya nkwa. Na Hesekia bisaa Yesaia sɛ: Ɛdeɛn ne nsɛnkyerɛnneɛ sɛ AWURADE bɛsa me yadeɛ, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no mɛkɔ AWURADE fie? Na Yesaia se: Yei nyɛ wo AWURADE nsam nsɛnkyerɛnneɛ sɛ AWURADE bɛyɛ adeɛ a waka no: Sunsum no nkɔ anim ntwedeɛ du anaasɛ ɛnsane n’akyi ntwedeɛ du? Na Hesekia se: Ɛyɛ mmerɛ ma sunsum sɛ ɛsiane ntwedeɛ du, dabi, na ma sunsum no nsane n’akyi ntwedeɛ du. Ɛnna Odiyifoɔ Yesaia frɛɛ AWURADE, na ɔmaa sunsum no sane n’akyi ntwedeɛ du, Ahas owia dɔn so ntwedeɛ a asiane dada no so. Ɛberɛ no mu no, Babelhene Baladan ba Merodak-baladan soma maa wɔde nwoma ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ Hesekia, ɛfiri sɛ ɔtee sɛ Hesekia yareeɛ. Na Hesekia tiee wɔn, na ɔkyerɛɛ wɔn n’akoradeɛ dan nyinaa, dwetɛ ne sika ne nnuhwam ne ngo pa ne n’akodeɛ dan nyinaa ne deɛ wɔhunu n’akoradeɛ mu nyinaa. Biribiara nni ne fie ne deɛ ɔdi soɔ nyinaa mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn. Ɛnna Odiyifoɔ Yesaia baa Ɔhene Hesekia nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Nnipa yi se sɛn, na ɛhe na wɔfiri baa wo nkyɛn yi? Na Hesekia se: Wɔfiri akyirikyiri asase bi so na ɛbaeɛ, wɔfiri Babel. Na ɔbisaa sɛ: Ɛdeɛn na wɔahunu wɔ wo fie? Na Hesekia buaa sɛ: Deɛ ɛwɔ me fie nyinaa, wɔahunu; biribiara nni m’akoradeɛ mu a mamfa mankyerɛ wɔn. Na Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ: Tie AWURADE asɛm: Hwɛ, nna bi reba a wɔbɛsoa deɛ ɛwɔ wo fie nyinaa ne deɛ w’agyanom akora de abɛsi nnɛ yi akɔ Babel; biribiara renka, AWURADE na ɔseɛ. Na wo mma a wɔfiri wo mu a woawo wɔn no mu binom, wɔbɛfa wɔn na wɔakɔyɛ Babel hene aban mu apiafoɔ. Ɛnna Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: AWURADE asɛm a woaka no, ɛyɛ. Na ɔkaa sɛ: Ɛnyɛ sɛ asomdwoeɛ ne nokorɛ na ɛbɛwɔ hɔ me nna mu? Na Hesekia ho nsɛm nkaeɛ ne ne mmaninneɛ nyinaa ne sɛdeɛ ɔyɛɛ tareɛ ne suka na ɔde nsuo no baa kuro no mu no, wɔatwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu. Na Hesekia tii n’agyanom wɔ asamando, na ne ba Manase bɛdii n’adeɛ.
16-0a52ddbd0074ed1e784ef7c5d187e40d.mp3
Na Aaron mma baanu no wuo a wɔbaa AWURADE anim na wɔwuiɛ no akyiri no, AWURADE kasa kyerɛɛ Mose, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kasa kyerɛ wo nua Aaron sɛ ɔnnhyɛne kronkronbea hɔ nnkɔ ntwamutam no akyi mpata adwa a ɛwɔ adaka no soɔ no anim berɛ nyinaa mu, na wanwu, ɛfiri sɛ mununkum no mu na meyi me ho mekyerɛ, mpata adwa no so. Na yei ne deɛ Aaron mfa nhyɛne kronkronbea hɔ: Nantwininiburuwa a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Ɔnhyɛ nwera atadeɛ kronkron no, na nwera twakoto nkata ne ho, na nwera aboomu no mmɔ n’asene, na ɔmmɔ nwera abotitene no, yei ne ntade kronkron no; ɔmfa nsuo nnware ne ho ansa na wahyɛ. Na ɔnnye Israel asafo no hɔ mpapo mmienu, na wɔmfa mmɔ bɔne ho afɔdeɛ, ne odwennini baako, na wɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Na Aaron mfa bɔne ho afɔdeɛ nantwinini a ɛyɛ ne deɛ no mmra, na ɔmfa mpata mma ɔno ara ne ho ne ne fie. Na ɔmfa mpapo mmienu no mmɛgyina AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano. Na Aaron ntwe mpapo mmienu no so tonto, AWURADE tonto baako ne Asasel tonto baako. Na Aaron mfa ɔpapo a AWURADE tonto bɔɔ no no mmra mmɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ. Na ɔpapo a Asasel tonto bɔɔ no no, ɔmfa no animono nnyina AWURADE anim mfa mpata mma no na wɔnkɔgya no nkɔ serɛ so mma Asasel. Na Aaron mfa bɔne ho afɔdeɛ nantwinini a ɛyɛ ne deɛ no mmra mfa mpata mma ɔno ara ne ho ne ne fie, na ɔnkum bɔne ho afɔdeɛ nantwinini a ɛyɛ ne deɛ no. Na ɔmfa ogyasɔ adeɛ nnyansramma ma mfiri afɔrebukyia no so, AWURADE anim, ne aduhwam a wɔasi no fekɔfekɔ ne nsa mmienu ma, na ɔmfa nkɔ ntwamutam no akyi. Na ɔmfa aduhwam no ngu ogya no so, AWURADE anim, na aduhwam no wisie nkata mpata adwa a ɛwɔ Adanseɛ no soɔ no ho, na wanwu. Na ɔmfa nantwinini no mogya no bi, na ɔmfa ne nsateaa nka mpete mpata adwa no so anim fam, na ɔmfa ne nsateaa nka mogya no bi mpete mpata adwa no anim hɔ mprɛ nson. Na ɔnkum bɔne ho afɔdeɛ papo a ɔyɛ ɔman no deɛ no, na ɔmfa ne mogya nkɔ ntwamutam no akyi, na ɔmfa mogya no nyɛ sɛdeɛ ɔde nantwinini no mogya no yɛeɛ no, na ɔmfa mpete mpata adwa no so ne mpata adwa no anim, na ɔmpata mma kronkronbea no, Israelfoɔ no afideɛ, ne wɔn mmara a wɔto, wɔn bɔne nyinaa nti; na saa na ɔnyɛ mma ahyiaeɛ ntomadan a ɛsi wɔn mu ɛsiane wɔn afideɛ no nti. Na onipa biara nntena ahyiaeɛ ntomadan no mu, berɛ a ɔhyɛne hɔ kɔpata kronkronbea no mu, kɔsi sɛ ɔbɛfiri adie a wapata ama ɔno ara ne ne fie ne Israelfoɔ asafo nyinaa. Na ɔmfiri adi mmra afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim no ho, na ɔmpata mma no, na ɔmfa nantwinini no mogya no bi ne ɔpapo no mogya no bi nkeka afɔrebukyia no mmɛn ho nhyia, na ɔmfa ne nsateaa nka mogya no bi mpete so mprɛ nson, na ɔnte ho nyɛ no kronkron mfiri Israelfoɔ no afideɛ mu. Na sɛ ɔpata ma kronkronbea ne ahyiaeɛ ntomadan ne afɔrebukyia no wie a, ɔmfa ɔpapo animono no mmra. Na Aaron mfa ne nsa mmienu ngu ɔpapo animono no atifi, na ɔnka Israelfoɔ no mfomsoɔ nyinaa ne wɔn mmarato nyinaa sɛdeɛ wɔn bɔne teɛ no ɔmfa ngu ɔpapo no atifi, na ɔmma ɔbarima bi a ɔwɔ hɔ nkɔgyaa no mma no nkɔ ɛserɛ so, na ɔpapo no nsoa wɔn mfomsoɔ nyinaa mfa nkɔ asase fo so. Na Aaron nhyɛne ahyiaeɛ ntomadan no mu, na ɔnyi nwera atadeɛ a ɔhyɛ kɔɔ kronkronbea no, na ɔnnya no hɔ. Na ɔmfa nsuo nnware ne ho deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, na ɔnhyɛ ne ntadeɛ na ɔmfiri adi nkɔbɔ ne hyeɛ afɔdeɛ ne ɔman no hyeɛ afɔdeɛ, na ɔmpata mma ɔno ara ne ho ne ɔman no. Na ɔnhye bɔne ho afɔdeɛ sradeɛ no afɔrebukyia no so. Na deɛ ɔde ɔpapo no kɔ kɔgyaa no maa Asasel no nsi ne ntadeɛ, na ɔmfa nsuo nnware ne ho, na ɛno akyi ansa na ɔmmra nsraban no mu. Na bɔne ho afɔdeɛ nantwinini ne bɔne ho afɔdeɛ papo a wɔde wɔn mogya kɔɔ kronkronbea hɔ kɔpataeɛ no, wɔmfa wɔn mfiri nkɔ nsraban no akyi, na wɔmfa ogya nhye wɔn nwoma ne wɔn nam ne wɔn agyanan. Na deɛ ɔkɔ kɔhyeeɛ no nsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware ne ho, na ɛno akyi ansa na waba nsraban no mu. Na yei nyɛ mo daa ahyɛdeɛ: Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so du no, mommrɛ mo ho ase, kuromani oo, ɔhɔhoɔ a ɔbɛsoɛ mo mu oo, monnyɛ adwuma biara. Na da no na wɔpata ma mo de dwira mo, na mo ho ate afiri mo bɔne nyinaa mu, AWURADE anim. Ɛnyɛ mo ɔhome mu homeda na mommrɛ mo ho ase: Ɛyɛ daa ahyɛdeɛ. Na mpata no, ɔsɔfoɔ a wɔasra no ngo a wɔde ahyɛ ne nsa sɛ ɔnni sɔfoɔ nsi n’agya ananmu no na ɔmpata, na ɔnhyɛ nwera ntadeɛ no, ntade kronkron no, na ɔmpata mma kronkronbea kronkron no, na ɔmpata mma ahyiaeɛ ntomadan ne afɔrebukyia no, na ɔmpata mma ɔsɔfoɔ no ne ɔman asafo mu no nyinaa. Na yei nyɛ mo daa ahyɛdeɛ na wɔde apata ama Israelfoɔ afiri wɔn bɔne nyinaa mu prɛko daa afirinhyia. Na Mose yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no.
24-20dcc1b2e355587e643c6145a99cac1f.mp3
Yoas dii mfeɛ nson na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ aduanan wɔ Yerusalem, na ne na din de Sibia a ɔfiri Beer-seba. Na Yoas yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so Ɔsɔfoɔ Yehoiada berɛ no so nyinaa. Na Yehoiada waree yerenom baanu maa no, na ɔwoo mmammarima ne mmammaa. Na ɛno akyiri no ɛbaa Yoas akoma mu sɛ ɔbɛsiesie AWURADE fie no foforɔ. Na ɔboaboaa asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no ano hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfiri adi nkɔ Yuda nkuro so, na monkɔgyegye dwetɛ mfiri Israel nyinaa nsam, na wɔde apempam mo Nyankopɔn fie no daa afe; na mo deɛ, momma mo ho nyɛ hare asɛm yi mu. Nanso Lewifoɔ no ho anyɛ hare. Ɛnna ɔhene no frɛɛ Ɔpanin Yehoiada, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na womma Lewifoɔ no nnye Yuda ne Yerusalem toɔ a AWURADE akoa Mose ne Israel badwa no hyɛ maa adanseɛ ntomadan no? Na Atalia, ɔbɔnefoɔ no mma ahyɛne Nyankopɔn fie no mu, na AWURADE fie akronkronneɛ nyinaa nso, wɔahwere ama Baalim. Na ɔhene no ka maa wɔpamm adaka baako, na wɔde sii AWURADE fie pono ano wɔ adihɔ, na wɔpaee no Yuda ne Yerusalem sɛ wɔmfa Nyankopɔn akoa Mose toɔ a ɔde too Israel so wɔ ɛserɛ so no mmrɛ AWURADE. Na mmapɔmma no nyinaa ne ɔman no nyinaa ani gyee. Na wɔde ba bɛguu adaka no mu ara kɔsii sɛ ɛyɛɛ ma. Na berɛ biara a Lewifoɔ no bɛhunu sɛ sika adɔɔso wɔ adaka no mu no, wɔde brɛ wɔn a ɔhene ahyɛ sɛ wɔnhwɛ soɔ no; ɔhene twerɛfoɔ ne deɛ ɔsɔfo panin no ahyɛ sɛ ɔnhwɛ soɔ no ba bɛhwie firi adaka no mu, na wɔma so sane de kɔsi ne sibea. Saa na na wɔyɛ no da biara, na wɔboaboaa sika bebree ano. Na ɔhene ne Yehoiada de maa wɔn a wɔyɛ AWURADE fie som adwuma no, na wɔde bobɔɔ aboɔpaefoɔ ne adwumfoɔ paa sɛ wɔnsiesie AWURADE fie no foforɔ, ne dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ adwumfoɔ nso, sɛ wɔmmiamia AWURADE fie no mu. Na wɔn a wɔyɛ adwuma no yɛe, na pempam adwuma no kɔɔ so wɔn nsam, na wɔde Nyankopɔn fie no sii hɔ maa no yɛɛ yie na ɛyɛɛ den. Na wɔwieeɛ no, wɔde sika no nkaeɛ baa ɔhene ne Yehoiada anim, na wɔde yɛɛ nnoɔma maa AWURADE fie, ɔsom ne ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho nnoɔma ne nkoraa ne sika ne dwetɛ nnoɔma no. Na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ AWURADE fie daa daa Yehoiada berɛ so nyinaa. Na Yehoiada bɔɔ akora, na wanyini pa ara no, ɔwui. Na ɔwuiɛ no, na wadi mfirinhyia ɔha aduasa. Na wɔkɔsiee no Dawid kuro mu, ahemfo no nkyɛn, ɛfiri sɛ ɔdii asɛmpa Israel ne Onyankopɔn ne ne fie no ho. Na Yehoiada wuo akyiri no, Yuda mmapɔmma ba bɛkotoo ɔhene no. Ɛnna ɔhene no tiee wɔn. Na wɔgyaa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn fie, na wɔkɔsomm Asera nnua ne ahoni no. Na wɔn asodie yi nti abufuo baa Yuda ne Yerusalem so. Na ɔsomaa adiyifoɔ maa wɔbaa wɔn mu sɛ wɔmmɛsane wɔn mmra AWURADE nkyɛn, na wɔdii wɔn adanseɛ, nanso wɔantie. Na Nyankopɔn honhom baa Ɔsɔfoɔ Yehoiada ba Sakaria so, na ɔkɔgyinaa soro ɔman no anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn seɛ nie: Adɛn nti na moto AWURADE mmara nsɛm? Na ɛrensi mo yie. Sɛ moagya AWURADE yi, ɔno nso agya mo. Na wɔpam ne tiri so, na wɔkɔsii no aboɔ, sɛdeɛ ɔhene hyɛeɛ no AWURADE fie abannwa so. Na Ɔhene Yoas ankae adɔeɛ a Sakaria agya Yehoiada de yɛɛ no no, na ɔkumm ne ba no. Na ɔrewuo no, ɔkaa sɛ: AWURADE nhwɛ na ɔntɔ so were. Na afe no awieeɛ no, Siriafoɔ dɔm tu baa ne so, na wɔbaa Yuda ne Yerusalem, na wɔbɛsɛee ɔman no mmapɔmma no nyinaa firii ɔman no mu, na wɔn asadeɛ no nyinaa, wɔde kɔmaa Damasko hene. Na nnipa kakraa bi na Siriafoɔ dɔm de baeɛ, nanso AWURADE de dɔm kɛseɛ pa ara hyɛɛ wɔn nsa, ɛfiri sɛ na wɔagya AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no. Na Yoas nso, wɔne no dii atemmusɛm. Na wɔfirii ne so sii mu kɔeɛ, na wɔgyaa no apirakuro bebree mu, na ne nkoa pamm ne tiri so, Ɔsɔfoɔ Yehoiada mma no mogya nti, na wɔkɔkumm no ne mpa so, na ɔwui. Na wɔsiee no Dawid kuro mu, nanso wɔansie no ahemfo no asieeɛ. Na wɔn a wɔpamm ne tiri soɔ no nie: Sabad, Amonni baa Simeat ba ne Yehosabad, Moabni baa Simrit ba. Na ne mma no ne ɛtoɔ dodoɔ a wɔgyee no no, ne Nyankopɔn fie asiesie no, hwɛ, wɔatwerɛ no Ahemfo Nwoma Nkyerɛaseɛ no mu. Na ne ba Amasia bɛdii n’adeɛ.
16-9ac0a23b874902f2bc2d5ef7118947e0.mp3
Na wɔtu firii Elim, na Israelfoɔ asafo no nyinaa baa Sin serɛ a ɛda Elim ne Sinai ntam no so. Wɔfirii Misraim asase soɔ no, bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so dadu nnanum ne no. Na Israelfoɔ asafo mu no nyinaa nwiinwii tiaa Mose ne Aaron ɛserɛ so hɔ. Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anka AWURADE mma yɛnwuwu ne nsa ano, Misraim asase a na yɛtete nam nkukuo ho na yɛdidi meeɛ no so! Na moayi yɛn aba ɛserɛ yi so sɛ mode ɛkɔm rebɛkunkum asafo mu yi nyinaa. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, merebɛma aduane afiri soro atɔ ama mo, na ɔman no mfiri adi da biara nkɔtase deɛ ɛbɛso wɔn ano da koro, na mensɔ wɔn menhwɛ sɛ wɔbɛdi me mmara so anaasɛ wɔrenni so. Na da a ɛtɔ so nsia no, wɔresiesie deɛ wɔfa no a, nyɛ deɛ wɔtase daa no mmɔho. Na Mose ne Aaron ka kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa sɛ: Anwummerɛ na mobɛhunu sɛ AWURADE na ɔyii mo Misraim asase soɔ; na anɔpa na mobɛhunu AWURADE animuonyam, ɛfiri sɛ wate mo anwiinwii a monwiinwii tia AWURADE no; na yɛn deɛ, yɛne hwannom a monwiinwii tia yɛn? Na Mose se: AWURADE bɛma mo nam adi anwummerɛ, ne aduane adi amee anɔpa, ɛfiri sɛ AWURADE ate mo anwiinwii a monwiinwii tia no no; na yɛn ne hwannom koraa? Ɛnyɛ yɛn na monwiinwii tia, na mmom AWURADE. Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Ka kyerɛ Israelfoɔ asafo no nyinaa sɛ: Montwe mpini AWURADE anim, ɛfiri sɛ wate mo anwiinwii no. Na Aaron rekasa akyerɛ Israelfoɔ asafo nyinaa no, wɔdanedanee wɔn ani kyerɛɛ ɛserɛ so, na hwɛ, AWURADE animuonyam yii adi mununkum no mu. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mate Israelfoɔ anwiinwii no. Ka kyerɛ wɔn sɛ: Anwummerɛ mobɛdi nam, na anɔpa moadi aduane amee, na moahunu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na anwummerɛ no, mmoko maa wɔn ho so ba bɛkataa nsraban no so; na anɔpa no, obosuo guu nsraban no ho hyiae. Na obosuo a ɛguiɛ no gyaeɛ no, na hwɛ, na biribi nkorowankorowa nketenkete gugu ɛserɛ no ani, nketenkete te sɛ fam bosuo nkyenkyeneeɛ. Na Israelfoɔ no hunuiɛ no, wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ɛdeɛn nie? Ɛfiri sɛ na wɔnnim adekodeɛ. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei ne aduane a AWURADE de ama mo sɛ monnie no. Asɛm a AWURADE ahyɛ nie: Montase bi sɛdeɛ obiara bɛdie, bɛyɛ olonka mmaako mmaako; sɛdeɛ mo nnipa dodoɔ teɛ na montase. Obiara ntase mma wɔn a wɔwɔ ne ntomadan mu no. Na Israelfoɔ no yɛɛ saa; na wɔtasee, ebinom deɛ pii, ebinom deɛ kakraa bi. Na wɔde olonka susui, na deɛ ɔtasee pii no annya akyire bi, na deɛ ɔtasee kakraa bi no anka no bi. Wɔn nyinaa tasee sɛdeɛ wɔbɛdie. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Obiara nnnya bi mmma adeɛ nnkye so. Nanso wɔantie Mose, na ebinom gyaa bi ma adeɛ kyee so; na ɛdɔree mmoaa na ɛbɔnee. Na Mose bo fuu wɔn. Na wɔtasee anɔpa anɔpa, obiara sɛdeɛ ɔbɛdie; na owia mu yɛ den a, na anane. Na da a ɛtɔ so nsia no, wɔtasee aduane no mmɔho, ɔbaako deɛ olonka dummienu. Na asafo no mu mpanimfoɔ nyinaa ba bɛka kyerɛɛ Mose. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Deɛ AWURADE aka nie: Ɔkyena yɛ ɔhome, homeda kronkron a wɔdi ma AWURADE, monto deɛ mowɔ to, na monnoa deɛ mowɔ noa; na deɛ ɛbɛka no, momfa nsie nkɔsi anɔpa. Na wɔde sie kɔsii anɔpa, sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no; na ammɔn, nso na mmoaa biara nni mu. Na Mose kaa sɛ: Monni no nnɛ, na ɛnnɛ yɛ homeda a wɔdi ma AWURADE; ɛnnɛ morenhunu bi wiram. Nnansia na montase, na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda, ɛda no deɛ, ebi rentɔ. Na da a ɛtɔ so nson no, nkurɔfoɔ no mu bi firii adi sɛ wɔrekɔtase, nanso wɔannya bi. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mobɛpo m’ahyɛdeɛ ne me mmara so die akɔsi da bɛn? Monhwɛ, sɛ AWURADE ama mo homeda nti na da a ɛtɔ so nsia no ɔma mo nnanu aduane; montenatena mo afie mu; mma obiara mmfiri adi mmfiri ne tenabea da a ɛtɔ so nson no. Ɛnna ɔman no homee da a ɛtɔ so nson no. Na Israelfoɔ frɛɛ aduane no “mana”; nso ɛte sɛ wisa aba fitaa, na ne dɛ te sɛ taterɛ a ɛwoɔ wɔ mu. Na Mose kaa sɛ: Asɛm a AWURADE ahyɛ nie: Momfa ebi nhyɛ olonka ma mfa nsie awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba mo akyire no, na wɔahunu aduane a mede memaa mo diiɛ wɔ ɛserɛ soɔ berɛ a meyii mo Misraim asase soɔ no. Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa kuruwa bi, na fa mana olonka ma gu mu, fa si AWURADE anim, na wɔmfa nsie mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no, Aaron de sii Adanseɛ no anim sɛ wɔde resie. Na Israelfoɔ dii mana mfirinhyia aduanan de kɔsii sɛ wɔduruu asase bi a nkurɔfoɔ bi te soɔ so; wɔdii mana de kɔsii sɛ wɔduruu Kanaan asase no hyeɛ soɔ. Nso olonka yɛ efa du mu baako.
2-345fb4492fa454a116cb6d0cf10560e2.mp3
Na Pentekoste da no duruiɛ no, na wɔn nyinaa ahyia faako. Na mpofirim no, ahum bi a ɛte sɛ mframa a emu yɛ den a ɛrebɔ firi soro bae, na ɛbɛhyɛɛ efie a wɔte mu no ma. Na tɛkyerɛma a wɔapaepae mu a ɛte sɛ ogya yiyi kyerɛɛ wɔn, na ɛbɛsisii wɔn atifi mmaako mmaako. Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wɔfirii aseɛ kasaa kasa foforɔ, sɛdeɛ Honhom no maa wɔn sɛ wɔnka. Na Yudafoɔ bi a wɔyɛ nnipa nyamesurofoɔ a wɔfiri wiase aman nyinaa mu te Yerusalem. Na wɔtee deɛ ɛrekɔ so no, nnipa pii bɛhyiae, na wɔn adwene mu yɛɛ wɔn keserenee sɛ obiara tee sɛ wɔreka ne kurom kasa. Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri ne nwanwa, na wɔkaa sɛ: Hwɛ, wɔn a wɔrekasa yi nyinaa nyɛ Galileafoɔ anaa? Na ɛyɛɛ dɛn na yɛn nyinaa te yɛn ara yɛn kasa a wɔwoo yɛn mu yi? Partifoɔ ne Mediafoɔ ne Elamfoɔ ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto ne Asia, Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛfa Kirene, ne ahɔhoɔ a wɔfiri Roma, Yudafoɔ ne wɔn a wɔadane Yudafoɔ, Kretafoɔ ne Arabfoɔ, yɛte sɛ wɔde yɛn kasa ka Nyankopɔn nnwuma akɛseɛ. Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri, na wɔn tirim yɛɛ wɔn keserenee, na wɔsesee wɔn ho sɛ: Yei ase ne sɛn? Na ebinom nso de dii fɛw sɛ: Nsa foforɔ na abo wɔn. Na Petro ne dubaako no sɔre gyinae, na ɔmaa ne nne so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yuda mmarima ne mo a mote Yerusalem nyinaa, monhunu yei, na momma me nsɛm yi nkɔ mo aso mu! Na yeinom mmoroo nsa, sɛdeɛ mosusuo yi, ɛfiri sɛ ɛyɛ anɔpa nnɔnkron. Na yei ne deɛ Odiyifoɔ Yoel kaeɛ no sɛ Onyankopɔn se: Na ɛbɛba sɛ nna a ɛdi akyire no mu no, mɛhwie me Honhom no magu honam nyinaa so, na mo mmammarima ne mo mmammaa ahyɛ nkɔm, na mo mmeranteɛ ahunhunu anisoadeɛ, na mo mpanimfoɔ asoso daeɛ; na me nkoa ne me mfenaa so na nna no mu mɛhwie me Honhom no bi maguo, na wɔahyɛ nkɔm. Na mɛma anwanwadeɛ aba ewiem wɔ ɔsoro, na nsɛnkyerɛnneɛ aba asase so ɛfam, mogya ne ogya ne wisie kumoo. Owia bɛdane sum, na ɔsrane adane mogya ansa na Awurade da kɛseɛ a ɛhyerɛn no aba. Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no, wɔbɛgye no nkwa. Israel mmarima, montie nsɛm yi! Yesu, Nasareni no, ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenneɛ ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔno Onyankopɔn no ara nam ne so yɛɛ no mo mu yii no kyerɛɛ mo, sɛdeɛ mo ara nso monim no, ɔno ara a wɔnam Nyankopɔn agyina a ɔtuiɛ, ne ne nim a ɔnim dada so yii no maeɛ no, na mofaa no, nam wɔn a wɔnni mmara nsa soɔ bɔɔ no asɛnnua mu kumm no. Ɔno na Onyankopɔn anyane no, na wasane owuya homa, ɛfiri sɛ antumi amma sɛ ɛka no hyɛ. Na Dawid kaa ne ho asɛm sɛ: Mehunuu Awurade m’anim daa, ɛfiri sɛ ɔwɔ me nifa na manhinhim. Yei nti m’akoma tɔɔ me yam, na me tɛkyerɛma ho sanee no; na me honam nso bɛda anidasoɔ mu, ɛfiri sɛ worennya me kra Asamando, na woremma wo Kronkronni no nhunu porɔeɛ. Wokyerɛɛ me nkwa akwan; wode w’anim bɛma abotɔyam amee me. Anuanom, momma me kwan na menka agya panin Dawid ho asɛm pefee menkyerɛ mo, sɛ wawu, na wɔasie no, na ne da wɔ yɛn nkyɛn ha de bɛsi nnɛ. Na sɛ ɔyɛ odiyifoɔ, na ɔnim sɛ Onyankopɔn de ntam ka kyerɛɛ no sɛ n’asene mu aba mu bi na ɔbɛtena n’ahennwa soɔ nti, ɔhunuu yei siee, na ɔkaa Kristo sɔreɛ ho asɛm sɛ wɔannya no Asamando, nanso ne honam anhunu porɔeɛ. Yesu yi ara na Onyankopɔn anyane no; ɛho adansefoɔ na yɛn nyinaa yɛ. Afei wɔmaa no so kɔɔ Nyankopɔn nifa, na ɔnyaa Agya no nkyɛn Honhom Kronkron bɔhyɛ nti na wahwie deɛ mohunu na moteɛ yi aguo. Na Dawid ankɔ soro; nanso ɔno ara kaa sɛ: Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ: Tena me nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ. Enti ma Israel fie nyinaa nhunu ampa sɛ Onyankopɔn de Yesu yi ara a mosɛnee no no ayɛ Awurade ne Kristo. Na wɔteeɛ no, ɛwowɔɔ wɔn akoma mu, na wɔka kyerɛɛ Petro ne asomafoɔ a aka no sɛ: Anuanom, yɛnyɛ dɛn? Na Petro see wɔn sɛ: Monsakyera mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu, mma mo bɔne fakyɛ, na mobɛnya Honhom Kronkron akyɛdeɛ no. Na bɔhyɛ no yɛ mo ne mo mma ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, a Awurade yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba nyinaa dea. Na ɔde nsɛm bebree kaa ho dii wɔn adanseɛ, na ɔtuu wɔn fo sɛ: Momma wɔnnye mo mfiri nnɛ mma abusua kontonkye yi mu! Ɛnna wɔn a wɔgyee n’asɛm no maa wɔbɔɔ wɔn asu. Na da no ara wɔde akra bɛyɛ mpensa bɛkaa wɔn ho. Na wɔkura asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ ne ayɔnkofa ne paanoobubuo ne mpaebɔ mu ara. Na ehu baa nnipa nyinaa so, na asomafoɔ no yɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ pii. Na wɔn a wɔgye diiɛ nyinaa hyiaa faako, na wɔn nnoɔma nyinaa yɛ kwasafodeɛ, na wɔtɔn wɔn ahonyadeɛ ne wɔn nnoɔma, na wɔkyɛɛ mu maa wɔn nyinaa, sɛdeɛ ɛhia obiara. Na daa wɔde akoma korɔ hyiaa mu wɔ asɔrefie, na wɔbubuu paanoo afie mu de ahosan ne akoma kronn dii wɔn aduane, na wɔyii Onyankopɔn ayɛ. Na wɔwɔ animuonyam ɔman no nyinaa anim. Na Awurade de wɔn a na wɔregye wɔn nkwa kaa asafo no ho daa.
5-e03c1a4f34d7d0d3a193a825b0c9c81c.mp3
Na nna no ne mmerɛ no deɛ, anuanom, ɛnhia mo sɛ wɔtwerɛ brɛ mo. Ɛfiri sɛ mo ara monim yie, sɛ Awurade da no bɛba sɛ owifoɔ ba anadwo. Na berɛ a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoeɛ ne ahotɔ no, ɛnneɛ mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wɔn soɔ sɛ awoko ba ɔbaa a ɔnyem soɔ, na wɔrennya kwan nnwane. Na mo deɛ, anuanom, monni esum mu, na ɛda no abɛto mo sɛ owifoɔ. Mo nyinaa moyɛ hann mma ne adekyeeɛ mma; yɛnyɛ anadwo anaa esum dea. Enti mommma yɛnnna sɛ wɔn a aka no, na mmom momma yɛnwɛn, na yɛn ani nna hɔ. Ɛfiri sɛ wɔn a wɔda da anadwo, na wɔn a wɔborɔ boro anadwo, na yɛn a yɛyɛ adekyeeɛ dea yi, momma yɛn ani nna hɔ, na yɛnhyɛ gyidie ne ɔdɔ nkataboɔ ne nkwagyeɛ anidasoɔ sɛ dadeɛ kyɛ. Ɛfiri sɛ Onyankopɔn anyi yɛn amma abufuo, na mmom ɔyii yɛn sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo nti yɛmmɛnya nkwagyeɛ. Ɔno na ɔwu maa yɛn sɛ yɛnyane oo, yɛwu oo, yɛne no ntena nkwa mu. Enti montutu mo ho fo na obiara mpia ne yɔnko, sɛdeɛ moreyɛ no ara. Na yɛsrɛ mo, anuanom, sɛ monhunu wɔn a wɔyɛ mo mu adwuma na wɔdi mo so mpanin Awurade mu, na wɔkasa kyerɛ mo, na mommu wɔn papaapa ɔdɔ mu, wɔn adwuma nti. Montena asomdwoeɛ mu. Afei yɛtu mo fo, anuanom, sɛ monkasa nkyerɛ wɔn a wɔnam basabasa, monkyekyere wɔn a wɔn akoma atuo werɛ, monsɔ wɔn a wɔyɛ mmerɛ mu, montɔ mo bo ase mma nnipa nyinaa. Monhwɛ na obi amfa bɔne antua obi bɔne ka, na mmom monni deɛ ɛyɛ akyiri daa, mo ne nnipa nyinaa ho. Momma mo ani nnye daa; monnnyae mpaebɔ da! Monna ase ade nyinaa mu, na yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ Kristo Yesu mu wɔ mo ho. Monnnum honhom no, monnte adiyisɛm atua! Monsɔ ade nyinaa nhwɛ, na monsɔ deɛ ɛyɛ no mu den. Monyi mo ho mfiri bɔne su nyinaa ho. Na ɔno asomdwoeɛ Nyankopɔn no ara nte mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so mu a ɛho remma asɛm biara yɛn Awurade Yesu Kristo ba mu. Ɔnokwafoɔ ne deɛ wafrɛ mo no, ɔno nso na ɔbɛyɛ. Anuanom, mommɔ mpaeɛ mma yɛn. Momfa mfeano kronkron nkyeakyea anuanom nyinaa. Mehyɛ mo Awurade mu sɛ, momma wɔnkenkan nwoma yi nkyerɛ anuanom nyinaa. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.
24-a16cdcbb3f17a9209e9064b5312b17bc.mp3
Adɛn nti na Otumfoɔ nhyɛ berɛ ntua abɔnefoɔ ka, na wɔn a wɔni no no nhunu saa berɛ no? Ebinom deɛ wɔtwe ɛhyeɛ, wɔfom mmoakuo fa yɛne wɔn. Wɔka nwisiaa afunumu kɔ, wɔgye akunafoɔ nantwie awowa. Wɔsum ahiafoɔ firi ɔkwan so; asase so amanehunufoɔ bom hunta. Hwɛ, sɛ anwea pradada so mfunumu firi adie no, saa ara na wɔkɔ wɔn dwumadie so kɔpɛ aduane, ɛserɛ so na wɔnya aduane ma mmɔfra. Mfuo so na wɔtwa mmoa aduane, na wɔdi ɔbɔnefoɔ bobe turo mu mpɛpɛ. Wɔde adagya na ɛda, wɔnni ntoma, na wɔnni nkataho awɔ mu. Mmepɔ so sutorɔ fɔ wɔn, na ɛnam sɛ wɔnni dwanekɔbea nti, wɔyɛ ɔbotan atuu. Wɔte agyanka firi nufoɔ ano, na wɔgye mmɔborɔni hɔ awowa. Wɔma wɔnenam adagya a wɔnni ntoma, na wɔde ɛkɔm soasoa ayuo afiafi. Wɔkyi ngo wɔn afasuo mu, wɔtiatia nsa-kyi-amena so, nso wɔdi sukɔm. Nkuro mu nso na mmarima apinisie fire, na wɔn a wɔapira wɔn akra su frɛ, nanso Onyankopɔn mfa n’ani nkari amumuyɛsɛm no. Ebinom ayɛ hann anim atuatefoɔ, wɔnhwɛ n’akwan, na wɔntena n’atempɔn mu. Nhema na owudini sɔreɛ, ɔkum ɔmanehunufoɔ ne ohiani, na anadwo ɔyɛ sɛ owifoɔ. Na ɔwaresɛefoɔ ani twɛn sum berɛ, ɔka sɛ: Ani biara renhu me. Na ɔde nkataho kata n’anim. Esum mu na wɔhwirehwire adan mu; wɔto wɔn ho pono mu awia, wɔnnim hann. Na wɔn nyinaa, esum kabii yɛ wɔn sɛ anɔpa, ɛfiri sɛ wɔne esum kabii mu ahuyideɛ yɛ nnamfo. Ne ho yɛ hare wɔ nsuo ani; wɔadome ne kyɛfa asase so, ɔnnane n’ani nkɔ bobe nturo kwan so. Ɔhyeɛ ne ahuhuro na ɛnane sukyerɛmma nsuo, saa ara nso na Asamando pra wɔn a wɔyɛ bɔne kɔ. Ɔyafunu a ɛwoo no no werɛ firi no, mmoaa fefe no. Wɔnkae no koraa bio, na wɔbɛbubu amumuyɛ sɛ dua. Ɔdidii obonini a ɔnwoɔ mpo ho, na wanyɛ ɔbaa kunafoɔ yie. Nanso Onyankopɔn de ne tumi yi atumfoɔ firi hɔ; wɔtumi nya asetena pa deɛ, nanso wɔnni nkwa ho anidasoɔ biara. Ɔma wɔtena hɔ dwoodwoo, na wɔde wɔn ho to ɛno so, nanso na n’ani hwɛ wɔn akwan. Wɔduru deɛ ɛkorɔn, nso kakraa bi pɛ, na wɔnni hɔ; wɔgyaa mu na wɔsie wɔn sɛ nnipa nyinaa, na wɔtwitwa wɔn sɛ ayuo mmɛtem. Sɛ ɛnte saa a, hwan na ɔbɛyi me ɔtorofoɔ, na wakyerɛ sɛ m’asɛm no nni mu?
27-f1e76fc4501dcd77580537457f2adffc.mp3
Na Dawid see no n’akoma mu sɛ: Anhwɛ a, da bi, Saulo nsa na ɛbɛku me; biribiara nyɛ mma me sɛ mɛdwane akɔ Filistifoɔ asase soɔ, na Saulo agyaa me na wanhwehwɛ me bio Israel asase nyinaa so, na mafiri ne nsa. Na Dawid sɔreeɛ, na ɔne mmarima ahansia a wɔka ne ho no twaa mu kɔɔ Gathene Maok ba Akis nkyɛn. Na Dawid ne Akis tenaa Gat, ɔno ne ne mmarima no, obiara ne ne fiefoɔ, Dawid ne ne yerenom baanu no, Yesreelni Ahinoam ne Karmelni Abigail, Nabal yere no. Na wɔka kyerɛɛ Saulo sɛ: Dawid adwane kɔ Gat; na wankɔ so anhwehwɛ no bio. Na Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: Sɛ manya w’anim adom a, ma wɔmma me tenabea bi wiram nkuro no bi mu, na menkɔtena hɔ: Na adɛn nti na w’akoa ne wo ntena ahenkuro mu? Ɛnna Akis de Siklag maa no da no ara; enti Siklag danee Yuda ahemfo deɛ de bɛsi nnɛ yi. Na nna a Dawid de tenaa Filistifoɔ asase soɔ no yɛ afirinhyia ne abosome nnan. Na Dawid ne ne mmarima no kɔ kɔtuaa Gesurfoɔ ne Girsifoɔ ne Amalekfoɔ; na wɔn na na wɔtete asase no soɔ firi teteete de kɔduru Sur a ɛda kɔ Misraim asase soɔ no. Na Dawid bɔɔ asase no, na wannya ɔbarima anaa ɔbaa anikan, na ɔfaa nnwan ne anantwie ne mfunumu ne yoma ne ntadeɛ, na ɔsane baa Akis nkyɛn. Na Akis kaa sɛ: Ɛhefoɔ na ɛnnɛ mokɔfom wɔn faeɛ yi? Na Dawid se: Yɛkɔɔ Yuda Negeb ne Yerahmeelfoɔ anafoɔ fam ne Kenifoɔ anafoɔ fam. Na Dawid annya ɔbarima anaa ɔbaa bi anikan sɛ ɔde wɔn bɛba Gat, ɛfiri sɛ ɔse: Anyɛ a, wɔbɛka yɛn ho asɛm sɛ: Sɛɛ na Dawid ayɛ. Na nna a ɔde tenaa Filistifoɔ asase soɔ no nyinaa sɛ ɔyɛeɛ ara ne no. Na Akis gyee Dawid diiɛ kaa sɛ: Wama ne ho abɔn ne man Israel pa ara, enti ɔbɛyɛ m’akoa daa.
11-87bb17ba8c8e650cec4a752128cf9fc3.mp3
Na Rehoboam duruu Yerusalem no, ɔboaa Yuda ne Benyamin fiefoɔ no nyinaa ano hyiae, nnipa a wɔayi wɔn akofoɔ mpemha aduɔwɔtwe, sɛ ɔne Israel rekɔko na wɔadane ahennie no ama Rehoboam. Na AWURADE asɛm baa Nyankopɔn nipa Semaia nkyɛn sɛ: Ka kyerɛ Salomo ba Rehoboam, Yuda hene, ne Israelfoɔ a wɔwɔ Yuda ne Benyamin nyinaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Mommforo nnkɔ, na mo ne mo nuanom nnkɔko. Monsane nkɔ mo afie, na me na asɛm yi firi me. Na wɔtiee AWURADE asɛm no, na wɔne Yeroboam ankɔko. Na Rehoboam tenaa Yerusalem. Na ɔkyekyeree nkuro maa no yɛɛ den wɔ Yuda, na ɔkyekyeree Betlehem, Etam, Tekoa, Bet-sur, Soko, Adulam, Gat, Maresa, Sif, Adoraim, Lakis, Aseka, Sora, Ayalon ne Hebron a ɛyɛ Yuda ne Benyamin mu nkuro a ɛyɛ den no. Na ɔhyehyɛɛ nkuro no den, na ɔde asafohene ne aduane ne ngo ne nsa akoradeɛ kokɔɔ mu. Na ɔde akyɛm ne mpea hyehyɛɛ nkuro no nyinaa mu, na ɔhyehyɛɛ nkuro no den pa ara. Sɛ ɔdii Yuda ne Benyamin so ne no. Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ a na wɔwɔ Israel nyinaa mu firi wɔn ahyeɛ nyinaa so bɛgyinaa n’akyi. Na Lewifoɔ no gyigyaa wɔn nkuro ho mmoa adidibea nsase ne wɔn agyapadeɛ, na wɔbaa Yuda ne Yerusalem, ɛfiri sɛ Yeroboam ne ne mma tutuu wɔn sɛ wɔnnni AWURADE asɔfoɔ, na ɔhyehyɛɛ n’asɔfoɔ maa sorɔnsorɔmmea no ne mpapo ne anantwie mma a ɔyɛeɛ no. Na wɔn akyiri no, wɔn a wɔde akoma maa sɛ wɔbɛhwehwɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no fifirii Israel mmusuakuo nyinaa mu baa Yerusalem, sɛ wɔrebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no. Na wɔmaa Yuda ahennie no yɛɛ den, na wɔhyɛɛ Salomo ba Rehoboam den mfirinhyia mmiɛnsa, ɛfiri sɛ wɔnantee Dawid ne Salomo kwan so mfeɛ mmiɛnsa. Na Rehoboam waree Mahalat a ɔyɛ Dawid ba Yerimot babaa, ne Abihail a ɔyɛ Yisai ba Eliab babaa, na ɔwoo mma, Yeus ne Semaria ne Saham maa no. Na ɛno akyiri no, ɔwaree Absalom ba Maaka, na ɔwoo Abia ne Atai ne Sisa ne Selomit maa no. Na Rehoboam dɔ Absalom ba Maaka sene ne yerenom ne ne mpenafoɔ nyinaa, (na ɔwaree yerenom dunwɔtwe ne mpenafoɔ aduosia, na ɔwowoo mmammarima aduonu nwɔtwe ne mmammaa aduosia). Na Rehoboam de Maaka ba Abia yɛɛ ne nuanom no mu tire ne panin, na ɔpɛɛ sɛ ɔsi no hene. Na ɔdii no nyansam, na ɔde ne mmammarima no nyinaa mu binom sisii Yuda ne Benyamin nsase no nyinaa so nkuro a ɛyɛ den no nyinaa mu, na ɔde akɔnhomabɔdeɛ bebree maa wɔn, na ɔgyegyee mmaa bebree aware memaa wɔn.
19-4875c18f36de8189d0fc1ae485fe7dba.mp3
Na wo deɛ, twa Israel aberempɔn ho kwadwom na ka sɛ: Adɛn na wo na, gyatabereɛ no butu agyatanini ntam yɛne ne mma gyataburuwa mu? Na ɔyɛnee ne mma mu baako, ɔyɛɛ gyataburuwa na ɔsuaa ahayɔ; ɔdii nnipa nam, na amanaman tee ne nka, na wɔkyeree no wɔn amena mu, na wɔde hwene mu kaa twee no kɔɔ Misraim asase so. Na ne na hunuu sɛ watwɛn, nanso n’anidasoɔ ayera no, ɔfaa ne mma mu bi de no yɛɛ gyataburuwa. Na ɔnenam agyata mu no, ɔyɛɛ gyataburuwa, na ɔsuaa ahayɔ; ɔdii nnipa nam. Na ɔhunuu wɔn akunafoɔ, na ɔbobɔɔ wɔn nkuro, na ne mmobomu gyegyeegye nti, asase no ne ne mayɛ sɛee. Ɛnna amanaman a wɔfiri nsase soɔ no ba bɛtwaa ne ho hyiaeɛ, na wɔde wɔn asau trɛɛ ne so, wɔkyeree no wɔ wɔn amena mu, na wɔde hwene mu kaa hyɛɛ no de no hyɛɛ ebuo mu, na wɔde no kɔmaa Babel hene, na wɔde no siee abankɛseɛ mu, deɛ ɛbɛyɛ na wɔnte ne nne bio wɔ Israel mmepɔ soɔ. Anka wo na te sɛ bobeturo mu bobe a wɔatɛ no nsuo ho, nsuo pii nti n’aba ne ne mman baa yie. Na ɔnyaa mpoma a na ɛyɛ den na ɛyɛɛ ahemfo mpoma, na ne kɛseyɛ korɔn kɔduruu mununkum kusuu ntam, na wɔhunuu no ne korɔn mu, ne ne mman dodoɔ mu. Na wɔtuu no anibereɛ so too no hwee fam, na apueeɛ mframa kusaa n’aba no; ne mpoma a na ɛyɛ den no bubui na ɛtwintwamee, na ogya hyee. Na afei wɔatɛ no ɛserɛ so, asase pɛsɛɛ a ɛdi sukɔm so. Na ogya afiri ne mman mpoma bi mu ahye n’aba, na poma a ɛyɛ den a ɛbɛyɛ ahennie poma biara nni hɔ bio. Kwadwom nie, na abɛyɛ kwadwom.
47-f23d2a8d49f3a2d799acd8155f180503.mp3
Aman nyinaa, mommɔ mo nsam, momfa anigyeɛ nhuro mmɔ ose mma Onyankopɔn. Na AWURADE a ɔwɔ sorosoro no ho yɛ hu, ɔyɛ ɔhenkɛseɛ asase nyinaa so. Ɔbrɛ aman ase de hyɛ yɛn ase, na ɔde nkurɔfoɔ hyɛ yɛn nan ase. Ɔyi yɛn apɛgyadeɛ ma yɛn, Yakob a ɔdɔ no no animuonyam. Onyankopɔn de anigyeɛ huro kɔ ɔsoro, AWURADE de totorobɛnto gyegyeɛ kɔ. Monto Nyankopɔn dwom, monto ayeyie dwom, monto dwom mma yɛn hene, monto ayeyie dwom. Na Onyankopɔn ne asase nyinaa so hene, mommɔ sankuo nto nnweneho dwom. Onyankopɔn di amanaman so hene, Onyankopɔn te n’ahennwa kronkron so. Aman ahene boaboa wɔn ho ano, Abraham Nyankopɔn man. Na asase so akyɛm yɛ Onyankopɔn dea, wɔama no so kɛse.
22-d5b7eb992002fe387f55af9f228be31b.mp3
Na Dawid kaa sɛ: Ɛha bɛyɛ AWURADE Nyankopɔn fie no, na ayɛ Israel ɔhyeɛ afɔrebukyia no. Na Dawid kaa sɛ wɔmmoa ahɔhoɔ a wɔwɔ Israel asase soɔ no ano, na ɔsisii aboɔpaefoɔ sɛ wɔmpae aboɔ a wɔasene, na wɔmfa nsi Nyankopɔn fie no. Na Dawid siesiee dadeɛ bebree a wɔmfa mmɔ aboboano apono ho nnadewa ne nkɔtɔkorɔ ne kɔbere mfrafraeɛ pii a ɛnni nkariiɛ, ne ntweneduro nnua a ɛnni ano. Na Sidonfoɔ ne Tirofoɔ de ntweneduro nnua pii brɛɛ Dawid. Na Dawid kaa sɛ: Me ba Salomo yɛ abɔfra na ɔyɛ bɔkɔɔ, na efie no, wɔnsi mma AWURADE mma no nso kɛseɛ pa ara, na ɛnyɛ din ne afɛfɛdeɛ mma nsase nyinaa, na enti mɛsiesie mama no. Na Dawid siesiee nnoɔma a wɔdi si dan pii pa ansa na ɔrewuo. Na ɔfrɛɛ ne ba Salomo, na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnsi efie mma AWURADE, Israel Nyankopɔn. Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Salomo sɛ: Me deɛ, na ɛwɔ m’akoma mu sɛ mɛsi efie ama AWURADE me Nyankopɔn din, na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Woaka mogya bebree agu, na woadi ako akɛseɛ; nsi efie mma me din, na woaka mogya bebree agu fam wɔ m’anim. Hwɛ, wɔbɛwo ɔbabarima ama wo, ɔno na ɔbɛyɛ asomdwoeɛ nipa, na mɛma ne ho adwo no afiri n’atamfo nyinaa a wɔatwa ne ho ahyia. Na Salomo (a aseɛ ne: Asomdwoeɛni) na ɛbɛyɛ ne din, na asomdwoeɛ ne kommyɛ nso na mede bɛba Israel so ne berɛ soɔ. Ɔno na ɔbɛsi efie ama me din, na ɔno na ɔbɛyɛ me ɔba, na me nso mɛyɛ no agya, na mɛma n’ahennie adwa atim Israel so akɔsi daa. Afei, me ba, AWURADE nni w’akyi, na yɛ prɔmprɔm, na si AWURADE wo Nyankopɔn fie no, sɛdeɛ ɔkaa no wo ho no. Na AWURADE mma wo nimdeɛ ne nhunumu, na ɔnhyɛ wo Israel ho mmara, na hwɛ AWURADE wo Nyankopɔn mmara di so. Sɛ wohwɛ wo ho sɛ wobɛdi ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a AWURADE hyɛɛ Mose Israel ho no so a, ɛnneɛ wobɛyɛ prɔmprɔm. Hyɛ wo ho den na pirim w’anim. Nsuro anaasɛ mma w’akoma nntu. Na hwɛ, m’amaneɛ mu no, masiesie AWURADE fie no ho sika dwetikɛseɛ mpemha ne dwetɛ dwetikɛseɛ ɔpepem, na kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ deɛ, ɛnni nkariiɛ, ɛfiri sɛ ɛdɔɔso pii pa, na nnua ne aboɔ nso, masiesie, na wode ebi aka ho. Nso wowɔ adwumayɛfoɔ pii pa ara: Aboɔpaefoɔ ne aboɔ ne nnua adwumfoɔ ne adwuma nyinaa mu adwumfoɔ. Sika, dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ no nni ano. Sɔre na yɛ, na AWURADE nni w’akyi. Ɛnna Dawid hyɛɛ Israel mmapɔmma nyinaa sɛ, wɔmmoa ne ba Salomo na ɔse: Ɛnyɛ AWURADE mo Nyankopɔn na ɔdi mo akyire na wama mo ho nyinaa adwo mo ahyia? Na ɔde asase no sofoɔ ahyɛ me nsa, na wɔabrɛ asase no ase AWURADE ne ne man anim? Afei momfa mo akoma ne mo kra mma, sɛ mobɛhwehwɛ AWURADE mo Nyankopɔn. Na monsɔre nkɔsi AWURADE Nyankopɔn kronkronbea no, na wɔmfa AWURADE apam adaka no ne Nyankopɔn akronkronneɛ no mmra efie a wɔbɛsi ama AWURADE din no mu.
8-69f6f835be77674b5b5f995866182abf.mp3
Ɛno na Salomo hyiahyiaa Israel mpanimfoɔ ne mmusuakuo mu atitire, Israel mma agyanom mmapɔmma nyinaa baa Ɔhene Salomo nkyɛn wɔ Yerusalem, sɛ wɔrekɔ akɔfa AWURADE apam adaka no afiri Dawid kuro Sion mu aba. Na Israel mmarima nyinaa bɛhyiaa Ɔhene Salomo nkyɛn bosome Etanim a ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nson (a ɛte sɛ Ahinime) no mu nnapɔnna no mu. Na Israel mpanimfoɔ nyinaa bae, na asɔfoɔ no bɛsoaa adaka no. Na wɔde AWURADE adaka no ne ahyiaeɛ ntomadan no ne kronkronbea nnoɔma a ɛwɔ ntomadan no mu no nyinaa bae, asɔfoɔ ne Lewifoɔ no na wɔde foro baeɛ. Na Ɔhene Salomo ne Israel asafo a wɔabɛhyia ne nkyɛn no nyinaa ne no dii adaka no anim kunkumm nnwan ne anantwie a wɔn dodoɔ nti wɔntumi nkan mmu ano bɔɔ afɔdeɛ. Na asɔfoɔ no de AWURADE apam adaka no bɛsii n’afa, ɛdan no mpiakyire a ɛne kronkronkronbea no mu, kerubim no ntaban ase. Na kerubim no atrɛtrɛ wɔn ntaban mu, adaka no afa no so, na kerubim no kataa adaka no ne ɛho nnua no so. Na nnua no woware maa wɔhunuu nnua no ti kronkronbea hɔ wɔ mpiakyire no anim; na wɔnhu no adihɔ, na ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ. Biribiara nni adaka no mu, gye aboɔ apono mmienu a Mose de guu mu Horeb, berɛ a wɔfiri Misraim asase so reba a AWURADE ne Israelfoɔ pameeɛ no. Na asɔfoɔ no firii kronkronbea hɔ firii adie no, mununkum bɛhyɛɛ AWURADE dan no ma. Na mununkum no nti amma asɔfoɔ no antumi annyina ansom, ɛfiri sɛ na AWURADE animuonyam ahyɛ AWURADE dan no ma. Ɛno na Salomo kaa sɛ: AWURADE de owia asi soro, nanso ɔbɛtena esum kabii mu. Sie na masi ɛdan mayɛ no tenabea mama woɔ, baabi a wobɛtena hɔ daa. Na ɔhene danee n’ani, na ɔhyiraa Israel asafo no nyinaa, na Israel asafo no nyinaa gyinagyina hɔ. Na ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE, Israel Nyankopɔn a ɔde n’ano kasa kyerɛɛ m’agya Dawid, na ɔde ne nsa ama no aba mu sɛ: Ɛfiri da a mekɔyii me man Israel firii Misraim baeɛ no, manyi Israel mmusuakuo nyinaa mu kuro bi sɛ wɔnsi ɛdan, na me din ntena hɔ; na mafa Dawid sɛ ɔnni me man Israel so. Na ɛwɔ m’agya Dawid akoma mu sɛ anka ɔbɛsi ɛdan ama AWURADE Israel Nyankopɔn din. Na AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid sɛ: Sɛ ɛwɔ w’akoma mu sɛ anka wobɛsi ɛdan ama me din yi, woayɛ no yie deɛ, nanso ɛnyɛ wo na wobɛsi ɛdan no, na mmom wo ba a ɔfiri w’asene mu, ɔno na ɔbɛsi ɛdan ama me din. Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkaeɛ no atim, na masɔre masi m’agya Dawid ananmu, atena Israel ahennwa so, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no, na masi ɛdan no mama AWURADE, Israel Nyankopɔn din, na mayɛ hɔ afa bi mama adaka a apam a AWURADE de yɛn agyanom firi Misraim asase so reba no, ɔne wɔn pameeɛ no wɔ mu no. Na Salomo gyinaa AWURADE afɔrebukyia anim, Israel asafo nyinaa anim, na ɔtrɛɛ ne nsam kɔɔ soro kaa sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, Onyankopɔn bi nni ɔsoro a ɛwɔ atifi ne asase so ɛfam, sɛ wo a wokora apam ne adɔeɛ ma wo nkoa a wɔde wɔn akoma nyinaa nante w’anim no. Wo na woakora deɛ woka kyerɛɛ w’akoa m’agya Dawid no ama no; wode w’ano na ɛkaeɛ, na wode wo nsa ama no aba mu, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. Na afei, AWURADE, Israel Nyankopɔn, kora deɛ woaka akyerɛ w’akoa m’agya Dawid so no ma no, sɛdeɛ wokaa sɛ: Wɔremma onipa a ɔbɛtena Israel ahennwa soɔ mmmɔ no wo m’anim, hwɛ nko na wo mma nhwɛ wɔn kwan, sɛ wɔbɛnante m’anim sɛdeɛ wonantee m’anim no. Na afei, Israel Nyankopɔn, ma wo nsɛm a woka kyerɛɛ w’akoa m’agya Dawid no ntim ɛ! Na ampa sɛ Onyankopɔn bɛtena asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na nkantom ɛdan yi a masie yi! Nanso dane w’ani kyerɛ w’akoa mpaebɔ ne ne nkotosrɛ, AWURADE me Nyankopɔn, na tie nteamu ne mpaeɛ a w’akoa rebɔ no w’anim nnɛ yi, sɛ wobɛbue w’ani akyerɛ ɛdan yi anadwo ne awia, sɛdeɛ wokaa sɛ: Me din bɛtena hɔ no, na woatie mpaeɛ a w’akoa rebɔ kyerɛ ha yi. Na tie w’akoa ne wo man Israel nkotosrɛ a wɔde rebɔ mpaeɛ ha yi, na wo deɛ, tie no wo tenabea ɔsoro, na wote a, fa kyɛ! Sɛ obi yɛ ne yɔnko bɔne na wɔde ntam gye no sɛ ɔnka, na ntam no ba w’afɔrebukyia anim efie yi mu a, ɛnneɛ wo ara tie wɔ ɔsoro, na yɛ, na bu wo nkoa atɛn, sɛ wobɛbu ɔbɔnefoɔ fɔ ama ne kwan abua n’atifi, na woabu ɔteneneeni bem ama no sɛdeɛ ne tenenee teɛ. Sɛ wɔka wo man Israel gu wɔn atamfoɔ anim, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na wɔsane ba wo nkyɛn bɛbɔ wo din, na wɔbɔ wo mpaeɛ na wɔkoto srɛ wo efie yi mu a, ɛnneɛ wo ara tie wɔ ɔsoro, na fa wo man Israel bɔne kyɛ, na sane wɔn bra asase a wode maa wɔn agyanom no so. Sɛ wɔto ɔsoro mu na osuo ntɔ, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na wɔbɛbɔ mpaeɛ kyerɛ wɔ ha yi na wɔbɔ wo din, na wɔsane firi wɔn bɔne no ho, sɛ wɔabrɛ wɔn ase nti a, ɛnneɛ wo ara tie wɔ ɔsoro, na fa wo nkoa ne wo man Israel bɔne kyɛ, na kyerɛ wɔn ɔkwan pa a wɔmfa soɔ, na ma osuo ntɔ ngu w’asase a wode maa wo man sɛ agyapadeɛ no so. Sɛ ɛkɔm ba asase yi so oo, ɔyaredɔm ba oo, ɛhoɔ, ɛpoɔ, ntutummɛ, mmɛbɛ ba oo, sɛ wɔn atamfoɔ bɛhiahia wɔn ho wɔn kuro apono asase so oo, ɔhaw biara oo, yadeɛ biara oo, mpaebɔ biara, nkotosrɛ biara a onipa biara anaa wo man Israel nyinaa wɔ no, sɛ obiara bɛhunu n’akoma mu yea, na ɔbɛtrɛ ne nsa mu kyerɛ efie yi a, wo ara tie wɔ ɔsoro, wo tenabea hɔ na fa kyɛ, na yɛ ma onipa no sɛdeɛ n’akwan nyinaa teɛ, sɛdeɛ wohunu n’akomam no; na wo ara wo nko na wonim nnipa mma nyinaa akoma mu, deɛ ɛbɛyɛ na wɔasuro woɔ, nna a wɔde bɛtena asase a wode maa yɛn agyanom no soɔ no nyinaa. Afei nso, ɔhɔhoɔ a ɔmfiri wo man Israel mu na wo din nti ɔfiri akyirikyiri asase bi so aba, (ɛfiri sɛ wɔbɛte wo din kɛseɛ ne wo nsa denden ne wo basa a woama so no nka), sɛ ɔba bɛbɔ mpaeɛ kyerɛ ɛdan yi a, wo ara tie wɔ ɔsoro, wo tenabea hɔ, na yɛ sɛdeɛ ɔhɔhoɔ no su frɛ woɔ no nyinaa, deɛ ɛbɛyɛ na asase so aman nyinaa ahunu wo din na wɔasuro woɔ, sɛ wo man Israel, na wɔahunu sɛ, wo din na wɔde frɛ ɛdan a masie yi. Sɛ wo man firi adi ne wɔn atamfoɔ kɔdi ako, ɔkwan a wobɛsoma wɔn so, na wɔbɔ AWURADE mpaeɛ kyerɛ kuro a woayie ne ɛdan a masi mama wo din yi a, ɛnneɛ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ wɔ ɔsoro, na di wɔn asɛm ma wɔn. Sɛ wɔyɛ wo bɔne — ɛfiri sɛ onipa biara nni hɔ a ɔnyɛ bɔne, — na wofa wɔn abufuo, na woyi wɔn ma wɔn atamfoɔ, na ɛdɔm soa wɔn nnommum kɔ atamfoɔ asase so akyirikyiri oo, mmɛnkyɛneeɛ oo, na wɔma no ka wɔn akoma, asase a wɔafa wɔn nnommum kɔ hɔ no so, na wɔdane wɔn ho, na wɔkoto srɛ wo wɔn nnommumfafoɔ asase no so ka sɛ: Yɛayɛ bɔne na yɛafom, yɛadi abɔnefosɛm, na wɔde wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa sane ba wo nkyɛn, wɔn atamfoɔ a wɔfaa wɔn nnommum kɔeɛ no asase so, na wɔbɔ wo mpaeɛ kyerɛ wɔn asase a wode maa wɔn agyanom no, kuro a woayie ne ɛdan a masi mama wo din yi a, ɛnneɛ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ wɔ ɔsoro, wo tenabea hɔ, na di wɔn asɛm ma wɔn, na fa wo man bɔne a wɔayɛ woɔ ne wɔn mmarato a wɔato afom woɔ no nyinaa kyɛ wɔn, na ma wɔnnya wɔn nnommumfafoɔ no anim mmɔborɔhunu, na wɔnhu wɔn mmɔbɔ. Ɛfiri sɛ wɔyɛ wo man ne w’agyapadeɛ a woyii wɔn Misraim firii dadeɛ fononoo mu de wɔn baeɛ no, na bue w’ani ma w’akoa nkotosrɛ ne wo man Israel nkotosrɛ, na tie wɔn deɛ wɔsu frɛ woɔ no nyinaa mu. Na wo AWURADE Nyankopɔn, wo ara na woyii wɔn yɛɛ agyapadeɛ firii asase so aman nyinaa mu, sɛdeɛ wonam w’akoa Mose so kaeɛ ɛberɛ a woyii yɛn agyanom firii Misraim baeɛ no. Na Salomo wiee mpaeɛ a ɔbɔɔ AWURADE ne nkotosrɛ yi nyinaa no, ɔsɔre firii afɔrebukyia no anim, na ɔgyaee ne nankoroma anim kotoɔ ne ne nsam trɛ a ɔtrɛ kyerɛɛ ɔsoro no. Na ɔgyinaa hɔ de nne kɛseɛ hyiraa Israel asafo no nyinaa sɛ: Nhyira ne AWURADE a wama ne man Israel ahome. N’asɛmpa a ɔnam n’akoa Mose so kaeɛ no nyinaa mu asɛm baako mpo antɔ fam. AWURADE yɛn Nyankopɔn nni yɛn akyi, sɛdeɛ ɔdii yɛn agyanom akyire no, ɔnnnya yɛn, na ɔmmpa yɛn nso. Na ɔnkom yɛn akoma mmra ne so, na yɛanante n’akwan nyinaa mu, na yɛadi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ a ɔhyɛɛ yɛn agyanom no so. Na ma me nsɛm a mede mekoto mesrɛ AWURADE anim yi mmɛn AWURADE yɛn Nyankopɔn awia ne anadwo, na ɔnni n’akoa asɛm ne ne man Israel asɛm mma wɔn, sɛdeɛ ɛhia da biara, na asase so aman nyinaa nhunu sɛ: AWURADE ne Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio. Na momma mo akoma nni mu AWURADE yɛn Nyankopɔn anim, sɛ mobɛnante n’ahyɛdeɛ soɔ, na moadi ne mmara nsɛm soɔ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. Ɛnna ɔhene ne Israel nyinaa bɔɔ mu bɔɔ afɔdeɛ AWURADE anim. Na Salomo de anantwie mpem aduonu mmienu ne nnwan mpem ha aduonu bɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ maa AWURADE. Na saa na ɔhene ne Israelfoɔ nyinaa dwiraa AWURADE fie. Da no ara ɔhene yɛɛ AWURADE dan no anim abannwa no kronkron, na ɛhɔ na ɔhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no, ɛfiri sɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim no sua dodo sɛ wɔbɛhye ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no wɔ so. Na Salomo dii nnapɔnna no ɛberɛ no mu, na Israel nyinaa ka ne ho, asafo kɛseɛ, wɔfiri deɛ wɔrekɔ Hamat de bɛsi Misraim subonhwa ano, wɔdii AWURADE yɛn Nyankopɔn anim nnapa nnanson. Da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔgyaa ɔman no kwan maa wɔkɔe; na wɔhyirahyiraa ɔhene, na wɔde papa a AWURADE ayɛ ama n’akoa Dawid ne ne man Israel nyinaa no ho anigyeɛ ne akoma pa sii mu kɔɔ wɔn afie mu.
4-e8669910dbc3b3922c6580f271227139.mp3
Mma, montie agya akwankyerɛ, na monyɛ aso na moanya nhunumu. Na adenim pa na mekyerɛ mo, monnnya me mmara. Na na ɛberɛ a meyɛ abadoma no, ɔbabanin ne ɔba korɔ, ma me na ne m’agya no; na ɔkyerɛkyerɛɛ me, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma w’akoma nsɔ me nsɛm mu, di me mmara nsɛm so, na nya nkwa. Nya nyansa, nya nhunumu. Mma wo werɛ mmfi, na mmane mfiri m’anomu kasa ho. Nnya no, na ɛbɛhwɛ wo so, dɔ no, na ɛbɛkora wo. Nyansa ne ade titire: Enti nya nyansa, na fa w’adenya nyinaa nya nhunumu. Bu no, na ɛbɛma wo so; sɛ woyɛ no atuu a, ɛbɛhyɛ wo animuonyam. Ɛbɛyɛ wo ti animuonyam abotire, aane, abotire fɛfɛ na ɛde bɛhyɛ woɔ. Me ba, tie, na fa me nsɛm, na wo nkwa mfeɛ adɔɔso. Makyerɛ wo nyansa kwan, magya wo atempɔn tee so. Wo nanteɛ mu w’anammɔn renkye wo, na sɛ wotu mmirika a, worensunti. Sɔ nkyerɛkyerɛ mu dendeenden, nnyaa mu, kora no, na ɛne wo nkwa. Nkɔ abɔnefoɔ kwan mu, na mfa nnipa bɔne kwan so. Kwati no, nsene mfa so, mane firi ho, na siane ho kɔ. Wɔn deɛ wɔnna, gye sɛ wɔayɛ bɔne ansa, na wɔntumi nna, gye sɛ wɔahwe obi ase ansa; na wɔdi abɔnefosɛm aduane, na amimdie nsa na wɔnom. Na ateneneefoɔ kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kɔduru awia ketee. Abɔnefoɔ kwan te sɛ esum kabii, wɔnnim deɛ wɔhunta. Me ba, tie me nsɛm, wɛn w’aso ma me kasa. Mma no mmfiri w’ani so, fa sie w’akomam tɔnn. Na ɛyɛ nkwa ma wɔn a wɔhunu, ne nkwahosan ma ne honam nyinaa. Kora w’akoma sene deɛ wode sie nyinaa, na emu na nkwa adifire fire. Yi ano kontonkyi firi wo ho, na ma nkontompo ano nkɔ akyirikyiri. Ma w’ani nhwɛ tee, na w’anisuatɛtɛ ntene nhwɛ w’anim. Taataa w’anammɔn pɛpɛɛpɛ, na ma w’akwan nyinaa ntim. Mmane nifa anaa benkum, twe wo nan firi bɔne mu.
26-a2e86a8a2a63332b410b3c16df77bad0.mp3
Ɛda no na wɔbɛto dwom yi Yuda asase soɔ sɛ: Kuro a ɛyɛ den wɔ yɛn, ɔde nkwagyeɛ ayɛ afasuo ne epie. Monhini apono no na tenenee man a wɔkora gyidie no nhyɛne mu. Deɛ n’adwene tim wo soɔ na wobɛkora no asomdwoeɛ a ɛdi mu mu, ɛfiri sɛ wo so na ɔde ne ho toɔ. Momfa mo ho nto AWURADE so daa daa, ɛfiri sɛ AWURADE Nyankopɔn ne daa botan. Na ɔde wɔn a wɔtete soro ahwe fam, kuro a ɛkorɔn no, wabrɛ no ase; wabrɛ no ase ama no aduru fam, wama no aka fam mfuturo; wɔde nan tiatia so, mmɔborɔfoɔ nan, ahiafoɔ anammɔn no. Ɔteneneeni kwan yɛ tee, wo na wototo ɔteneneeni tempɔn. Nso w’atemmuo kwan so na yɛhwɛ wo AWURADE kwan, yɛn kra ani gyina wo din ne wo nkaeɛ. Me kra ani gyina wo anadwo, aane, me mu honhom nso, mede mefe wo, na sɛ w’atemmuo ka asase a, wiasefoɔ sua tenenee. Sɛ wɔdom ɔbɔnefoɔ a, ɔnsua tenenee; nsɛntenenee asase so na ɔdi amumuyɛsɛm, na ɔnhunu AWURADE kɛseyɛ. O AWURADE, womaa wo nsa so, nanso wɔnhunu; ma wɔnhu wo man anem, na wɔn ani nwu; ma w’atamfoɔ ho nimkuntwe nhye wɔn sɛ ogya. AWURADE, wobɛhyehyɛ asomdwoeɛ ama yɛn, na yɛn nneyɛɛ nyinaa nso, woawie ama yɛn. O AWURADE, yɛn Nyankopɔn, awuranom a ɛnyɛ woɔ abɛdi yɛn so, nanso wo nko ara na yɛkamfo wo din. Wɔawuwu na wɔrentena ase; nsamanfoɔ ne wɔn, wɔrensɔre bio; ɛno nti na wobɛtwee wɔn aso sɛee wɔn na womaa wɔn ho nkaeɛ nyinaa yeraeɛ. O AWURADE, woama ɔman no adɔre, woama ɔman no adɔre, w’anim aba nyam, woatrɛ asase no ahyeɛ nyinaa mu. O AWURADE, ahohia mu wɔhwehwɛɛ wo, wɔbɔɔ mpaeɛ berɛ a woreka wɔn anim no. Sɛdeɛ onyinsɛnfoɔ a ɔbɛn awoɔ kyem na ɔtea mu ne yea mu no, sɛdeɛ yɛteɛ, wo, AWURADE, anim ne no; yɛnyinsɛnee, yɛkyemee; ɛte sɛdeɛ yɛawo mframa. Yɛntumi nnyee asase nkwa, na wiasefoɔ nyinaa ahwehwe ase. W’awufoɔ bɛnya nkwa, wɔn afunu bɛsɔre; monnyane nto ahurisie dwom, mo a mote mfuturo mu! Na wo bosuo yɛ hann bosuo, na asase bɛyi nsamanfoɔ agu. Me man, kɔ na kɔhyɛne wo mpia mu, na toto w’akyiri apono mu; fa wo ho hunta kakraa bi kɔsi sɛ abufuo no bɛtwam akorɔ. Na hwɛ, AWURADE refiri n’afa akɔtwe asase sofoɔ aso, wɔn amumuyɛ nti. Na asase bɛyi ne mogya adi, na ɛrenkata wɔn a wɔaku wɔn ɛsoɔ no so bio.
133-2c60fb7dc2cd6b2da72e25d58e04e961.mp3
Hwɛ ɛyɛ a ɛyɛ ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tena faako. Ɛte sɛ aboɔden ngo pa a wɔhwie guu Aaron apampamu, ɛsiane guu n’abɔgyesɛ mu, na ɛsiane guu n’atadeɛ mmuano so. Ɛte sɛ Hermon bosuo a ɛsiane gu Sion mmepɔ soɔ, na ɛhɔ na AWURADE ahyɛ nhyira, aane, nkwa de kɔsi daa.
13-71315fafaac25904d757e772d5424516.mp3
Na Dawid ne apem apem ne ɔha ha so asafohene ne mmapɔmma no nyinaa kɔɔ agyina, na Dawid ka kyerɛɛ Israel badwa no nyinaa sɛ: Sɛ ɛyɛ wɔ mo ani so na ɛfiri AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn a, momma yɛmmu mu nsoma mma wɔnkɔ yɛn nuanom a wɔaka Israel nsase nyinaa soɔ ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔka wɔn ho wɔn tenabea nkuro mu no nkyɛn, na wɔmmoaboa wɔn ano mmra yɛn nkyɛn, na yɛmfa yɛn Nyankopɔn adaka no ntwam mmra yɛn nkyɛn. Na Saulo berɛ so no, yɛammisa akyiri kwan. Ɛnna badwa no nyinaa kaa sɛ wɔnyɛ saa, ɛfiri sɛ na asɛm no tene ɔman no nyinaa ani so. Na Dawid boaa Israel man no nyinaa ano hyiae de firii Sihor a ɛwɔ Misraim kɔsii deɛ ɛde rekɔ Hamat, sɛ wɔrekɔfa Nyankopɔn adaka no afiri Kiriat-yearim aba. Na Dawid ne Israel nyinaa foro kɔɔ Baala a ɛne Kiriat-yearim a ɛwɔ Yuda no, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn, AWURADE a ɔte kerubim soɔ a wɔbɔ ne din frɛ no no, adaka no afiri hɔ aba. Na wɔyii Nyankopɔn adaka no sii teaseɛnam foforɔ bi so firii Abinadab fie. Na Usa ne Ahio piaa teaseɛnam no. Na Dawid ne Israel nyinaa goroe, Nyankopɔn anim, wɔde ahoɔden nyinaa ne nnwom ne asankuo ne mmɛnta ne mpintin ne nnawuro ne ntotorobɛnto. Na wɔduruu Kidon ayuporebea no, Usa tenee ne nsa kɔsɔɔ adaka no mu, ɛfiri sɛ anantwie no hinhimii. Na AWURADE bo fuu Usa, na ɔkumm no, sɛ ɔtenee ne nsa kaa adaka no nti, na ɔwuu Nyankopɔn anim hɔ. Na Dawid ampɛ sɛ AWURADE abufuo aba Usa soɔ, na ɔfrɛɛ hɔ sɛ Peres-usa de bɛsi nnɛ. Na Dawid suroo Nyankopɔn da no, na ɔkaa sɛ: Mede Nyankopɔn adaka no bɛba me nkyɛn sɛn? Na Dawid amfa adaka no amma ne nkyɛn Dawid kuro no mu, na ɔde mane kɔɔ Gitini Obed-Edom fie. Na Nyankopɔn adaka no sii Obed-Edom fie bosome mmiɛnsa, na AWURADE hyiraa Obed-Edom fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa.
122-5330c90381d65166965fc1e630dea6a6.mp3
M’ani gyee sɛ wɔsee me sɛ: Ma yɛnkɔ AWURADE fie. Yɛn nan bɛgyina w’aponkɛseɛ mu, ao, Yerusalem. Yerusalem a wɔakyekyere no sɛ kuro a ɛtoatoam yie. Ɛhɔ na mmusuakuo no nante korɔ, mekyerɛ AWURADE mmusuakuo, sɛ wɔrekɔyi AWURADE din ayɛ, sɛdeɛ nhyehyɛɛ a ɔde ama Israel teɛ no. Ɛhɔ na wɔde nkonnwa sisi maa atemmuo, Dawid fie nkonnwa no. Monsrɛ ma Yerusalem asomdwoeɛ, ɛnsi w’adɔfo yie. Asomdwoeɛ ntena w’afasuo mu, na yiedie ntena w’aban mu. Me nuanom ne me mfɛfoɔ nti mɛka sɛ asomdwoeɛ ntena wo mu. AWURADE yɛn Nyankopɔn fie nti mɛhwehwɛ papa mama wo.
4-d42ef018843b6d3a8b2e2893bc0546c1.mp3
Na wɔrekasa akyerɛ ɔman no no, asɔfoɔ ne asɔrefie safohene ne Sadukifoɔ baa wɔn so. Na ɛyɛɛ wɔn ahi sɛ wɔrekyerɛkyerɛ ɔman no, na wɔreka awufoɔ mu sɔreɛ wɔ Yesu din mu, na wɔkyeree wɔn de wɔn kɔsiee sɛ adeɛ nkye; ɛfiri sɛ na enwunu adwo. Nso wɔn a wɔtee asɛm no mu bebree gye diiɛ, na nnipa no dodoɔ bɛyɛ mpemnum. Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no, wɔn atitire ne mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ bɛhyiaa Yerusalem, na Ɔsɔfopanin Hana ne Kaiafa ne Yohane ne Aleksandro ne dodoɔ a wɔfiri ɔsɔfo panin abusua mu no ka ho. Na wɔde wɔn bɛgyinaa mfimfini bisaa wɔn sɛ: Tumi bɛn mu anaa din bɛn mu na moyɛɛ yei? Ɛnna Petro a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔman atitire ne mpanimfoɔ! Sɛ nnɛ wɔbisa yɛn ɔyarefoɔ yi yieyɛ ho asɛm, sɛ ɛdeɛn na ama no adi mu a, mo nyinaa ne Israel man nyinaa nhunu sɛ, Nasareni Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛnnua mu, a Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu no din mu, ɔno mu na oyi gyina mo anim a ne ho asane yi. Oyi ne ɔboɔ a mo abantofoɔ ammuo no, na abɛdi ntweaso ti. Na nkwagyeɛ nni obiara mu, na nso din foforɔ nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wɔgye yɛn nkwa wɔ mu. Na wɔhunuu Petro ne Yohane akokoɔduro, na wɔtee sɛ wɔyɛ nnipa a wɔnsuaa nwoma da, na mmom wɔyɛ mpapahwekwaa no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔhunuu wɔn sɛ wɔne Yesu nanteeɛ. Na wɔhwɛɛ onipa a wɔasa no yadeɛ a ɔne wɔn gyina hɔ no, wɔannya hwee anka antia wɔn. Na wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmfiri dwa mu hɔ mfiri adi no, wɔtuu wɔn mu agyina sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ nnipa yi? Na wɔahunu nsɛnkyerɛnneɛ a wɔnam wɔn so ayɛ; sɛ ada adi wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa anim, na yɛntumi nsane. Na deɛ ɛbɛyɛ na ɛrenkɔ so ntrɛ ɔman no mu ne sɛ: Ateatea na yɛbɛteatea wɔn sɛ wɔnnka din yi ho asɛm nnkyerɛ onipa biara bio. Na wɔfrɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnka asɛm, nso wɔnnkyerɛkyerɛ Yesu din mu koraa. Na Petro ne Yohane bua see wɔn sɛ: Sɛ ɛtene Nyankopɔn anim sɛ yɛtie mo sene Onyankopɔn a, mommu atɛn! Na yɛn deɛ, yɛntumi, gye sɛ yɛka deɛ yɛahunu na yɛateɛ. Na wɔteateaa wɔn bio no, wɔgyaa wɔn, na ɔman no nti wɔnhunu sɛdeɛ wɔbɛtwe wɔn aso, ɛfiri sɛ, ɛnam deɛ na asie no nti, wɔn nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam. Na onipa a wɔyɛɛ ayaresa nsɛnkyerɛnneɛ yi wɔ ne ho no adi boro mfirinhyia aduanan. Na wɔgyaa wɔn no, wɔbaa wɔn ara wɔn fekuo mu, na wɔbɛkaa deɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa. Na wɔteeɛ no, wɔde akoma korɔ maa wɔn nne so maa Onyankopɔn sɛ: Awurade, wo a woyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, wonam Honhom Kronkron so de yɛn agya Dawid a ɔyɛ w’akoa no ano kaa sɛ: Adɛn nti na wiase aman yɛ gyegyeegye, na amanaman susu ade hunu? Asase so ahemfo sɔre gyina, na atitire hyia faako sɔre tia Awurade ne ne Kristo no. Na wɔhyiae ampa tiaa w’abɔfra kronkron Yesu a woasra no no, wɔne Herode ne Pontio Pilato, ne amanaman ne Israel aman, sɛ wɔrebɛyɛ deɛ wo nsa ne w’agyina aka ato hɔ sɛ ɛnyɛ no nyinaa. Na afei deɛ, Awurade, hwɛ wɔn ateatea, na ma wo nkoa mfa akokoɔduro nyinaa nka w’asɛm, berɛ a wotene wo nsa sa yadeɛ, na wonam w’akoa kronkron Yesu din so yɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yi. Na wɔwiee mpaebɔ no, faako a wɔhyiaeɛ hɔ wosoee, na Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔde akokoɔduro kaa Nyankopɔn asɛm. Na wɔn mu bebree a wɔgye diiɛ no akoma ne wɔn kra yɛ baako, na wɔn mu biara nka sɛ ne nnoɔma a ɔwɔ yɛ ɔno ara dea, na ne nyinaa yɛ wɔn kwasafodeɛ. Na asomafoɔ no de tumi kɛseɛ dii Awurade Yesu wusɔreɛ ho adanseɛ, na adom kɛseɛ wɔ wɔn nyinaa so. Nanso na obiara nni wɔn mu a biribi hia no; na wɔn a wɔwɔ asase anaa adan tontɔnee, na wɔde deɛ wɔtɔneeɛ no tiri adeɛ bae de bɛguu asomafoɔ no nan ase; na wɔkyekyɛɛ mu maa obiara sɛdeɛ ɛhia no. Na Yosef a asomafoɔ no too no Barnaba, (a ne nkyerɛaseɛ ne afotuo ba) a ɔyɛ Lewini a ɔfiri Kipro man mu no wɔ asase bi, na ɔtɔnee de ne sika no ba bɛguu asomafoɔ no nan ase.
5-aed1c0ea8babaa8224efbfd9e55f356c.mp3
Wɔabɛka sɛ adwamammɔ wɔ mo mu, adwamammɔ a ɛnni abosonsomfoɔ mpo mu, sɛ obi ne n’agya yere da. Na morehoahoa mo ho, na mo werɛ anho amma wɔanyi deɛ ɔyɛɛ saa adeɛ no amfiri mo mu. Na me deɛ, menni hɔ honam fam deɛ, nanso mewɔ hɔ honhom mu, na mabu deɛ ɔyɛɛ saa adeɛ yi atɛn dada te sɛ deɛ mewɔ hɔ. Sɛ mo ne me honhom hyia yɛn Awurade Yesu din mu na yɛn Awurade Yesu tumi ka ho a, momfa onii no nhyɛ Satan nsa, na honam no nsɛe, na ebia wɔagye honhom no nkwa, Awurade da no. Mo ahohoahoa no nyɛ fɛ. Monnim sɛ mmɔreka kakra na ɛka mmɔre no nyinaa? Enti monyi mmɔreka dada no, na moayɛ mmɔre foforɔ sɛdeɛ moyɛ apiti no. Ɛfiri sɛ wɔakum yɛn Twam dwan Kristo no nso. Enti momma yɛnhyɛ fa; ɛnyɛ mmɔreka dada no mu, nanso ɛnyɛ bɔneyɛ ne amumuyɛ mmɔreka mu, na mmom Kronkronyɛ ne nokorɛ apiti mu. Metwerɛɛ wɔ me krataa no mu sɛ mo ne adwamammɔfoɔ nnni afra. Ɛnyɛ wiase adwamammɔfoɔ anaa aniberefoɔ ne amimfoɔ anaa abosonsomfoɔ ho asɛm koraa na mereka; ɛnneɛ na anka ɛsɛ sɛ mofiri wiase fire. Na afei matwerɛ mo sɛ, sɛ obi a wɔfrɛ no onua yɛ odwamamfoɔ anaa oniberefoɔ anaa ɔbosonsonni anaa tɔkwapɛfoɔ anaa sabofoɔ anaa omimfoɔ a, mo ne no mmmɔ; saa onipa no, mo ne no nnnidi mpo. Na ɛfa me ho bɛn na merebu wɔn a wɔmfra mo mu no nso atɛn bie? Ɛnyɛ wɔn a wɔfra mo mu no na mobu wɔn atɛn? Na wɔn a wɔmfra mo mu no, Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn. Monyi deɛ ɔyɛ ɔbɔnefoɔ no mfiri mo mu.
15-45f6510c977fba6f6a0e61fc4a4877a4.mp3
Anuanom, afei merekae mo asɛmpa a mekaa mo, na mogyeeɛ nso, na mogyina mu nso, na afei wɔnam so gye mo nkwa no, sɛ mosɔ mu den sɛdeɛ mekaa mo asɛmpa no a, anyɛ saa deɛ a, na moagye adi kwa. Na nsɛm a adi kan a me nso menyaeɛ a mede mehyɛɛ mo nsa ne sɛ: Yɛn bɔne nti Kristo wui, sɛdeɛ twerɛ nsɛm no ka no. Na wɔsiee no, na ne nnansa soɔ no wɔnyanee no, sɛdeɛ twerɛ nsɛm no ka no. Na ɔmaa Kefa hunuu no, ansa na dummienu no rehu no. Ɛno akyiri no, ɔmaa anuanom bɛboro ahanum hunuu no prɛko; wɔn mu pii da so te ase, na ebinom adeda. Ɛno akyiri no, ɔmaa Yakobo hunuu no ansa na asomafoɔ no nyinaa rehu no. Wɔn nyinaa akyiri na ɔmaa me a mete sɛ deɛ wɔapatu awo no nso hunuu no. Na mene asomafoɔ no mu akumaa a mensɛ sɛ wɔfrɛ me ɔsomafoɔ mpo, ɛfiri sɛ metaa Nyankopɔn asafo no; nanso Nyankopɔn adom nti na mete sɛdeɛ meteɛ yi; na n’adom a ɔde dom me no anyɛ kwa, na mmom meyɛɛ adwuma bebree mesene wɔn nyinaa, nanso ɛnyɛ me a, na mmom Nyankopɔn adom a ɛka me ho no a. Enti sɛ me oo, sɛ wɔn oo, saa na yɛka, na saa na mogye diiɛ. Na sɛ wɔka no Kristo ho sɛ wɔanyane no afiri awufoɔ mu a, adɛn na mo mu binom ka sɛ: Awufoɔ sɔreɛ nni hɔ? Na sɛ awufoɔ sɔreɛ nni hɔ a, na wɔannyane Kristo nso; na sɛ wɔannyane Kristo a, na yɛn asɛnka yɛ ɔkwa, na mo gyidie nso yɛ hunu. Na wɔbɛhu yɛn sɛ Nyankopɔn ho adansekurumfoɔ, ɛfiri sɛ yɛdii Onyankopɔn adanseɛ sɛ, ɔnyanee Kristo, na sɛ awufoɔ nnyane a, ɛnneɛ na wannyane ɔno nso. Na sɛ awufoɔ nnyane a, na wɔannyane Kristo nso. Na sɛ wɔannyane Kristo a, na mo gyidie yɛ hunu, na moda so wɔ mo bɔne mu. Ɛno deɛ na wɔn a wɔdedaa Kristo mu no ayera. Sɛ nkwa yi mu nko ara na yɛwɔ Kristo mu anidasoɔ a, ɛnneɛ na yɛne nnipa nyinaa mu mmɔborɔfoɔ. Nanso afei deɛ, wɔanyane Kristo afiri awufoɔ mu ayɛ wɔn a wɔadeda no mu aduaba a ɛdi kan. Na sɛdeɛ ɛnam onipa so na owuo baeɛ no, sɛ nso awufoɔ sɔreɛ nam onipa so baeɛ ne no. Na sɛdeɛ wɔn nyinaa wu Adam mu no, sɛ nso wɔn nyinaa bɛnya nkwa Kristo mu ne no. Na obiara wɔ ne diberɛ; Kristo ne aduaba a ɛdi kan, ansa na wɔn a wɔyɛ Kristo dea, ne ba mu no, di hɔ, ansa na awieeɛ no di hɔ, ɛberɛ a ɔde ahennie no bɛhyɛ Agya Nyankopɔn nsa, na watu ahennie ne ahoɔden ne tumi nyinaa aguo no. Na ɛtwa sɛ ɔdi hene kɔsi sɛ ɔde atamfoɔ no nyinaa bɛhyɛ ne nan ase. Ɔtamfoɔ a ɔdi akyire a ɔbɛtu no aguo no ne owuo. Na ɔde nnoɔma nyinaa agu ne nan ase. Na sɛ ɔka sɛ ɔde nnoɔma nyinaa agu ne nan ase a, emu da hɔ pefee sɛ deɛ ɔde nnoɔma nyinaa guu ne nan ase no nka ho. Na sɛ ɔnya de nnoɔma nyinaa gu ne nan ase a, ɛno ansa na ɔba no ara nso de ne ho bɛhyɛ deɛ ɔde nnoɔma nyinaa guu ne nan ase no aseɛ, na Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa mu ade nyinaa. Na anka wɔn a wɔma wɔbɔ wɔn asu ma awufoɔ no, wɔyɛ de gye deɛn? Sɛ awufoɔ nnyane koraa a, adɛn nti nso na wɔma wɔbɔ wɔn asu ma wɔn? Adɛn nti na yɛn nso amaneɛ di yɛn akyi dɔn biara yi? Meka mo ho ahohoahoa a mewɔ no yɛn Awurade Kristo Yesu mu sɛ, mewu da biara. Ɔko a mene mmoa koo no Efeso no, mekoo no nnipam a, anka ɛyɛ me mfasoɔ bɛn? Sɛ awufoɔ nnyane a, ɛnneɛ momma yɛnnidi, na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu! Mommma wɔnnnaadaa mo! Fekuo bɔne sɛe ɔbra pa. Momma mo ani nna hɔ, tenenee mu, na monnyɛ bɔne, ɛfiri sɛ ebinom nni Nyankopɔn ho nimdeɛ. Meka yei mehyɛ mo aniwuo. Na ebia obi bɛka sɛ: Wɔbɛyɛ dɛn anyane awufoɔ? Na nipadua bɛn na wɔde bɛba? Ɔkwasea! Deɛ wodua no rennya nkwa, gye sɛ ɛwu ansa. Na deɛ wodua no, ɛnyɛ dua a ɛbɛba na wodua, na mmom ɛyɛ aburoofua kwa, ebia ayuo anaa deɛ ɛkeka ho no bi. Na Onyankopɔn ma no dua ko a ɔpɛ, na ɔma aba biara ɛno ara ne dua. Ɛnam nyinaa nyɛ pɛ; ɛsono nnipa nam, ɛsono ntɔteboa nam, ɛsono nnomaa nam, na ɛsono mpataa deɛ. Afei ɔsoro nnipadua ahodoɔ wɔ hɔ, na fam nnipadua ahodoɔ wɔ hɔ; ɛsono ɔsoro deɛ no animuonyam, na ɛsono fam deɛ no deɛ. Owia animuonyam nko, ɔsrane animuonyam nko, nsoromma animuonyam nko; na afei ɛsono nsoromma mmaako mmaako animuonyam. Sɛ nso awufoɔ sɔreɛ teɛ ne no. Wɔdua no porɔeɛ mu, ɛbɛnyane deɛ ɛmporɔ mu. Wɔdua no deɛ ɛnni anidie mu, ɛbɛnyane animuonyam mu. Wɔdua no mmerɛyɛ mu, ɛbɛnyane tumi mu. Wɔdua no ɔkra nipadua, ɛbɛnyane honhom nipadua. Sɛdeɛ ɔkra nipadua wɔ hɔ no, saa ara nso na honhom nipadua nso wɔ hɔ. Saa ara nso na wɔatwerɛ sɛ: Adam, onipa a ɔdi kan no, bɛyɛɛ ɔkra teasefoɔ. Adam a ɔdi akyire no bɛyɛɛ honhom a ɔma nkwa. Na ɛnyɛ honhom deɛ no na ɛdi kan, na mmom ɔkra deɛ no, ansa na honhom deɛ no reba. Onipa a ɔdi kan no firi fam yɛ famni. Onipa a ɔtɔ so mmienu no firi soro. Sɛdeɛ famni no teɛ no, sɛ nso famfoɔ no teɛ ne no; na sɛdeɛ ɔsoroni no teɛ no, sɛ nso ɔsorofoɔ no teɛ ne no. Na sɛdeɛ yɛhyɛɛ famni no suban no, sɛ nso yɛbɛhyɛ ɔsoroni no suban ne no. Anuanom, deɛ mereka ne sɛ: Honam ne mogya ntumi nnya Nyankopɔn ahennie, na deɛ ɛporɔ no nso ntumi nnye deɛ ɛmporɔ. Hwɛ, mereka mo ahuntasɛm: Yɛn nyinaa renna, na yɛn nyinaa bɛsakyera ntɛm so, mpofirim, totorobɛnto a ɛdi akyire no hyɛn mu; na wɔbɛhyɛn totorobɛnto na awufoɔ no anyane sɛ wɔn a wɔmporɔɔ da, na yɛn deɛ yɛbɛsakyera. Na ɛtwa sɛ deɛ ɛporɔ yi hyɛ deɛ ɛmporɔ no, na deɛ ɛwuo yi hyɛ deɛ ɛnwuo no. Na sɛ deɛ ɛporɔ yi nya hyɛ deɛ ɛmporɔ no, na deɛ ɛwuo yi nya hyɛ deɛ ɛnwuo no a, ɛno na asɛm a wɔatwerɛ no bɛba mu sɛ: Wɔamene owuo nkonim mu. O, owuo, wo nkonim wɔ he? Owuo, wo nwowɔeɛ wɔ he? Owuo nwowɔeɛ ne bɔne; na bɔne tumi ne mmara. Nanso aseda nka Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so de nkonim ama yɛn. Enti, me nuanom, adɔfo, montintim, monnhinhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, ɛfiri sɛ monim sɛ mo brɛ nyɛ kwa, Awurade mu.
7-7c44425bf9cf70162bc8e3f43bb08047.mp3
Anaasɛ, anuanom, monnim, na merekasa mekyerɛ wɔn a wɔnim mmara no, sɛ mmara di onipa so ne nkwa nna nyinaa anaa? Na ɔbaa a ɔhyɛ ne kunu aseɛ deɛ, wɔde mmara akyekyere no asa ne kunu, berɛ a ɔte aseɛ no; na sɛ ne kunu no wu a, wɔasane no afiri okunu no mmara no ho. Enti ne kunu no da so te aseɛ no, sɛ ɔde ne ho kɔbɔ ɔbarima bi ho a, wɔbɛfrɛ no ɔwaresɛefoɔ; na sɛ ne kunu no wu a, na wayi ne ho afiri mmara no ho, na sɛ ɔkɔware ɔbarima foforɔ a, na ɔnyɛ ɔwaresɛefoɔ. Saa nti, me nuanom, mo nso, wɔnam Kristo nipadua so akum mo ama mmara no, sɛ monkɔyɛ ɔfoforɔ a ɔno ne deɛ wɔanyane no afiri awufoɔ mu no deɛ, na yɛaso aba ama Onyankopɔn. Na yɛwɔ ɔhonam mu no, nnebɔne nhyɛsodeɛ nam mmara no so yɛɛ adwuma wɔ yɛn honam akwaa mu, sɛ yɛnso aba mma owuo. Na afei deɛ, ɛnam sɛ yɛawu ama deɛ ɛkyekyeree yɛn no nti, wɔasane yɛn afiri mmara no ho ma yɛsom honhom foforɔyɛ mu, na ɛnyɛ atwerɛ dadayɛ mu. Enti afei yɛbɛka sɛn? Mmara no yɛ bɔne anaa? Dabi da, na mmom sɛ ɛnyɛ mmara no nti a, anka mennim bɔne, na sɛ mmara anka sɛ: Mma w’ani mmmere ade a, anka mennim akɔnnɔ. Na bɔne no nam mmara asɛm no so nyaa kwan yɛɛ akɔnnɔ nyinaa wɔ me mu; na sɛ mmara nni hɔ a, na bɔne nso awu. Na me deɛ, makwati mmara no matena ase pɛn; nanso mmara asɛm no baeɛ no, bɔne nyanee bio; na me deɛ, mewui, na saa mmara korɔ no ara a ɛhyɛɛ me nkwa ho bɔ no, ɛno ara nso abɛyɛ owuo ama me. Na bɔne no nam mmara asɛm no so nyaa kwan daadaa me, na ɛnam so kumm me. Enti mmara no yɛ kronkron, na mmara asɛm no yɛ kronkron ne tenenee ne papa. Ɛnneɛ na deɛ ɛyɛ papa no adane owuo ama me anaa? Dabi da, na ɛyɛ bɔne no mmom, na ada adi sɛ bɔne a ɛnam deɛ ɛyɛ papa no so mpo de owuo aba me soɔ, na bɔne no nam mmara asɛm no so ayɛ bɔne atra so. Na yɛnim sɛ mmara no yɛ honhom mu adeɛ, na me deɛ, meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me ahyɛ bɔne aseɛ. Na deɛ meyɛ no, menhunu; ɛfiri sɛ ɛnyɛ deɛ mepɛ na meyɛ, na mmom deɛ mekyire no, ɛno na meyɛ. Na sɛ deɛ mempɛ no na meyɛ a, ɛnneɛ na mepene so sɛ mmara no yɛ. Ɛnneɛ na afei ɛnyɛ me na meyɛ bio, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no a. Na menim sɛ papa biara nte me mu, mekyerɛ me nipasu mu, ɛfiri sɛ papa ho pɛ deɛ, ɛwɔ me mu, na mmom sɛdeɛ mɛyɛ no deɛ, mentumi. Na papa a mepɛ no, menyɛ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɛ. Na sɛ deɛ mempɛ no meyɛ a, ɛnneɛ ɛnyɛ me na meyɛ bio, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no a. Ɛnneɛ mehunu mmara yi sɛ, me a mepɛ sɛ meyɛ deɛ ɛyɛ no, bɔne wɔ me mu. Na me mu-nipa fam deɛ, m’ani gye Nyankopɔn mmara ho; nanso mehunu mmara foforɔ bi wɔ me honam akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ me honam akwaa mu no. Me manehunufoɔ! Hwan na ɔbɛyi me afiri saa owuo nipadua yi mu? Na afei aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn! Ɛnneɛ afei me ara mede m’adwene mesom Nyankopɔn mmara, na ɔhonam deɛ, mede mesom bɔne mmara.
60-53f24c9ad94b6b9f748adc67a495f0f0.mp3
Sɔre, hyerɛn, na wo hann aba, na AWURADE animuonyam apue wo so. Na hwɛ, esum bɛkata asase so, na esum kabii akata aman so; nanso AWURADE bɛpue wo so na n’animuonyam abɛda adi wo so. Na amanaman bɛnante aba wo hann no ho, na ahemfo aba hyerɛn a apue wo soɔ no ho. Ma w’ani so hwɛ wo ho hyia, na hwɛ; wɔn nyinaa aboa ano reba wo nkyɛn; wo mmabanin firi akyirikyiri reba, na wo mmammaa nso, wɔturu wɔn wɔn nkyɛn mu reba. Ɛno na wobɛhunu, na w’anim ate, w’akoma de ahosɛpɛ bɛdi ahurisie, ɛfiri sɛ ɛpo ahonyadeɛ dodoɔ redane abɛyɛ wo deɛ, amanaman ahodeɛ reba wo nkyɛn. Yoma manyamanya bɛkata wo so, Midian ne Efa yomaforɔ no. Wɔn nyinaa firi Seba reba, sika ne ohwamfufuo na wɔsoso, na wɔbɛka AWURADE ayeyie. Wɔbɛboa Kedar nnwankuo nyinaa ano abrɛ wo, Nebaiot adwennini bɛsom wo; wɔde anisɔ bɛforo m’afɔrebukyia, na mɛhyɛ m’animuonyam fie no animuonyam. Hwannom ne yeinom a wɔtu sɛ mununkum, ne mmuburo a wɔba wɔn buo mu yi? Aane, me na mpoano aman bɛtwɛn me, na Tarsis ahyɛn na ɛbɛdi kan, na wɔde wo mma firi akyirikyiri aba a wɔn dwetɛ ne wɔn sika ka wɔn ho, wɔde rebrɛ AWURADE wo Nyankopɔn din, ne Israel Kronkronni no, ɛfiri sɛ ɔno na wahyɛ wo animuonyam. Na ananafoɔ bɛto w’afasuo, na wɔn ahemfo asom wo; na m’abufuo mu na mehwee woɔ, na m’adɔeɛyɛ mu na mahu wo mmɔbɔ. Na wo kuro apono ano bɛda hɔ daa, wɔrentoto mu awia ne anadwo, na nkurɔfoɔ de amanaman ahonyadeɛ abrɛ wo a wɔn ahemfo di wɔn anim. Na ɔman ne ahennie a ɛrensom woɔ no bɛgu, na saa aman no, sɛeɛ na wɔbɛsɛe wɔn pasaa. Lebanon animuonyam bɛba wo nkyɛn, ne pepeaa, sɛsɛ ne kwabɔhorɔ bɛbom ahyehyɛ me kronkronbea hɔ; na mɛhyɛ me nantiabea animuonyam. Na wo nhyɛsofoɔ mma de akotoakotoɔ bɛba wo nkyɛn, na wɔn a wɔbuu wo animtia nyinaa bɛba abɛbum wo nan ase, na wɔafrɛ wo AWURADE Kuro, Israel Kronkronni no Sion. Deɛ anka wɔgya woɔ na wɔtane woɔ na obiara biara mfa wo mu no, mɛma wo ayɛ kɛseɛ, na mayɛ wo awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ anigyedeɛ. Na wobɛnum amanaman nufoɔ, na woanum ahemfo mpokua; na woahunu sɛ me, AWURADE, mene w’agyenkwa ne wo Gyefoɔ, Yakob Tumfoɔ no. Kɔbere ananmu na mede sika bɛsi maba, na dadeɛ ananmu na mede dwetɛ bɛsi maba, na kɔbere mfrafraeɛ asi nnua ananmu, na dadeɛ asi aboɔ ananmu. Na mɛma asomdwoeɛ adi wo so panin ahwɛ wo, na mede tenenee mayɛ wo kafoɔ. Wɔrente nhyɛsoɔ nka w’asase so bio, wɔrente ɔsɛeɛ ne bubuo nka w’ahyeɛ mu; na wobɛfrɛ w’afasuo Nkwagyeɛ, ne wo kuro apono nso Ayeyie. Ɛnyɛ owia na ɛbɛyɛ wo hann awia bio, na ɔhyerɛn nso, ɛnyɛ ɔsrane na ɛbɛharan ama wo anadwo, na mmom AWURADE na ɔbɛyɛ wo daa hann, na wo Nyankopɔn ayɛ w’animuonyam. Wo wia rentɔ bio, na wo srane nso renwu, na AWURADE bɛyɛ wo daa hann, na w’abooboodie nna awie sa. Na wo man deɛ, wɔn nyinaa bɛyɛ teneneefoɔ, wɔbɛdi asase no so akɔsi daa; wɔbɛyɛ me tɛdua duban a afefɛ, me nsa ano adwuma a ɛhyɛ me animuonyam. Deɛ ɔsua koraa no bɛdane abusua, na akumaa koraa adane ɔman a ɛyɛ den. Me, AWURADE, mɛyɛ no ntɛm ne berɛ mu.
28-46ea67a9c0ce8ccf7b5f6ccbf06041ef.mp3
Aane dwetɛ wɔ ne nkommena, na afa wɔ hɔ ma sika a wɔhorɔ. Dadeɛ nso wɔtu no fam, na wɔnane aboɔ yɛ kɔbere. Onipa ma esum to twa, na ɔhwehwɛ kɔduru akyirikyiri pɛ sum kabii ne sunsum mu aboɔ. Ɔtu nkoron deɛ obi nteɛ hɔ, anammɔn a ɛtwam werɛ firi no, ɔsensɛne hɔ, ɔdi ahim deɛ ɔdasani biara nnie hɔ. Asase wɔ hɔ yi, aduane firi mu ba, na n’ase nso, ɔdane ani sɛ ogya. Hoaboɔ dabea ne n’aboɔ no mu, na sikafuturo nso wɔ hɔ. Ɛyɛ ɔkwan a ɔkɔdeɛ nnim, na akorɔma ani nhunuu da, anworanwora mmoa ntiatiaa soɔ, na gyatabire mfaa hɔ. Ɔtene ne nsa ka ɔbohemmaa, ɔbutu mmepɔ wɔ ne nhini mu. Ɔtwitwa aka abotan mu, na n’ani hwɛ aboɔdenneɛ nyinaa. Ɔsisi asuasu kwan na ansosɔ, na adeɛ a ahunta no, ɔyi ba hann mu. Na nyansa deɛ, ɛhe na wɔbɛhu no, na ɛhe na nhunumu afa wɔ? Ɔdasani nnim ne boɔ, na wɔnhu no ateasefoɔ asase so. Ebunu donkodonko ka sɛ: Ɛnni me mu. Na ɛpo ka sɛ: Ɛnni me hɔ. Wɔmfa sika amapa nsi ananmu nnye, na wɔnkari dwetɛ ntua ne tiri boɔ. Wɔnkari no Ofir sika so ntɔ, wɔmfa apopobibireboɔ a ne boɔ yɛ den ne hoaboɔ ntɔ. Wɔmfa sika ne ahwehwɛ nto ho, na wɔmfa sika nnwinneɛ nsesa. Wɔmmɔ nhwene panin ne aboɔ a ɛhyerɛn din, na nyansa boɔ sene nhwene pa deɛ. Etiopia asase so akrateboɔ ne no nsɛ, na wɔmfa sika amapa nkyerɛ ne boɔ. Ɛnneɛ na ɛhe na nyansa firi ba? Na ɛhe na nhunumu tenabea wɔ? Wɔde ahunta ateasefoɔ nyinaa aniwa, wɔakata so ɔsoro nnomaa anim. Ɔyera amena ne owuo ka sɛ: Yɛde yɛn aso ate ne nka. Onyankopɔn na ɔhunu ne kwan mu, na ɔno na ɔnim ne tenabea; na ɔno na ɔhwɛ asase awieeɛ, ɔsoro ase nyinaa nso, ɔhunu. Ɔhyɛɛ mframa duro too hɔ, na ɔhyɛɛ nsuo sɛ ne nsusuiɛ teɛ no, berɛ a ɔhyɛɛ osuo ahyɛdeɛ, na ɔyɛɛ ɔkwan maa n’aprannaa asraman no, ɛno na ɔhunuiɛ na ɔyii no adie; ɔde sii hɔ na ɔpeepee mu. Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ: Hwɛ, AWURADE ho suro, ɛno ne nyansa, na bɔne ho dwanneɛ ne nhunumu.
9-6d786acd4a6f6ffdae90195a67d72050.mp3
Na wɔkan Israel nyinaa twerɛɛ wɔn din sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, na hwɛ, wɔatwerɛ wɔn din wɔ Israel ahemfo nwoma mu. Wɔtuu Yuda kɔduaa Babel, wɔn amumuyɛ nti. Na wɔn a wɔdii kan sane bɛtenaa wɔn agyapadeɛ so wɔ wɔn nkuro mu no ne asɔfoɔ, Lewifoɔ ne asɔrefie asomfoɔ. Na Yerusalem deɛ, Yuda mma ne Benyamin mma ne Efraim ne Manase mma no mu binom tenatenaa hɔ: Bani a ɔfiri Peres a ɛwɔ Yuda mma mu no ba Imri ba Omri ba Amihud ba Utai. Na Silonifoɔ mu deɛ: Abakan Asaia ne ne mma. Na Sera mma mu: Yeuel ne ne nuanom, ahansia aduɔkron. Na Benyamin mma mu: Hasenua ba Hodawia ba Mesulam ba Salu, ne Yeroham ba Yibneia ne Mikri ba Usi ba Ela ne Yibnia ba Reuel ba Sefatia ba Mesulam, ne wɔn nuanom, wɔn mmusua so, nnipa ahankron aduonum nsia. Mmarima yi nyinaa yɛ agyanom atitire, wɔn mpanimfie so. Na asɔfoɔ no mu: Yedaia, Yehoiarib ne Yakin, ne Ahitub ba Meraiot ba Sadok ba Mesulam ba Hilkia ba Asaria a ɔyɛ Nyankopɔn fie bapɔmma; ne Malkia ba Pasur ba Yeroham ba Adaia ne Imer ba Mesilemit ba Mesulam ba Yahsera ba Adiel ba Masai ne wɔn nuanom, wɔn mpanimfie so atitire, apem ahanson aduosia, mmarima a wɔtumi Nyankopɔn fie som adwuma no. Na Lewifoɔ mu deɛ: Merari ba Hasabia ba Asrikam ba Hasub ba Semaia, Bakbakar, Heres, Galal ne Asaf ba Sikri ba Mika ba Matania, ne Yedutun ba Galal ba Semaia ba Obadia ne Elkana ba Asa ba Berekia a ɔte Netofafoɔ nkuraa mu no. Na apono ano ahwɛfoɔ no: Salum, Akub, Talmon, Ahiman ne wɔn nuanom. Salum na ɔdi tire. Na ɛde bɛsi sɛsɛɛ wɔwɔ ɔhene pono ano apueeɛ fam, wɔn ne Lewi mma nsra apono ano ahwɛfoɔ. Na Kora ba Ebiasaf ba Kore ba Salum ne ne nuanom n’agya fie mu, Korafoɔ no, wɔwɔ ɔsom adwuma no so rewɛn ntomadan no pono ano, sɛdeɛ na wɔn agyanom wɔ AWURADE nsraban no mu rewɛn emu hyɛne no. Na Eleasa ba Pinehas na na ɔdi wɔn so bapɔmma kane no, na AWURADE dii n’akyi. Meselemia ba Sakaria ne ahyiaeɛ ntomadan no pono ano hwɛfoɔ. Wɔn a wɔyii wɔn de wɔn sisii apono ano hwɛfoɔ nyinaa yɛ ahanu ne dummienu. Wɔn na wɔkan wɔn twerɛɛ wɔn din mmusua soɔ, wɔn nkuraa so, wɔn nso na Dawid ne Ɔdehununi Samuel de wɔn sisii wɔn nokorɛdie adwuma so. Na wɔne wɔn mma wɔ apono no ano AWURADE fie, ntomadan fie no, rewɛn; mframa nnan no ano deɛ, apueeɛ, atɔeɛ, atifi ne anafoɔ fam apono ano ahwɛfoɔ no wɔ. Na ɛsɛ wɔn nuanom a wɔwɔ wɔn nkuraa ase no sɛ wɔba nnanson nnanson firi berɛ so kɔ berɛ soɔ bɛka wɔn ho. Na nokorɛdie adwuma mu na apono ano hwɛfoɔ mpanin baanan no, Lewifoɔ no wɔ, na wɔdi Nyankopɔn fie mpumpunu ne adekora adan no soɔ. Na Nyankopɔn fie no ho na wɔteteeɛ hyia anadwoɔ berɛ biara, na wɔn so na ɔwɛn no da, na wɔn nso na na wɔhinihini apono no daa anɔpa. Na wɔn mu binom hwɛ ɔsom nnoɔma no so, na wɔbu ano de ba mu, na wɔbu ano de firi adi. Na wɔde wɔn mu binom asisi nnoɔma ne kronkronbea nnoɔma no nyinaa ne esiam, nsa, ngo, ohwamfufuo ne nnuhwam no so. Na asɔfoɔ mma no binom de nnoɔma frafra yɛɛ nnuhwam sra ngo no. Na Matitia a ɔfiri Lewi mma mu a ɔyɛ Korani Salum abakan no, wɔde no sii ɛkyeɛ nnadeɛ mu atodeɛ to so. Na Kohatfoɔ mma a wɔyɛ wɔn nuanom no mu binom dii kyerɛ paanoo no so, sɛ wɔnsiesie no daa homeda. Yeinom ne nnwontofoɔ no, Lewi abusua so mpanimfoɔ a wɔtete asɔrefie mpumpunu mu, a wɔnyɛ adwuma foforɔ bi, ɛfiri sɛ wɔyɛ adwuma awia ne anadwo. Yeinom ne Lewifoɔ mu agyanom atitire, atitire sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Yeinom na wɔtete Yerusalem. Na Gibeonfoɔ no agya ne Yeiel a ɔte Gibeon, na ne yere din de Maada. Na n’abakan ne Adbon; ne nuanom Sur, Kis, Baal, Ner, Nadab, Gedor, Ahio, Sakaria ne Miklot. Na Miklot woo Simeam; na wɔn nso tenaa wɔn nuanom ntentensoɔ wɔ Yerusalem, wɔne wɔn nuanom. Na Ner woo Kis, na Kis woo Saulo, na Saulo woo Yonatan, Malki-sua, Abinadab ne Esbaal. Na Yonatan ba ne Merib-baal, na Merib-baal woo Mika. Na Mika mma ne: Piton, Melek, Tarea ne Ahas. Na Ahas woo Yara, na Yara woo Alemet, Asmawet, ne Simri, na Simri woo Mosa, na Mosa woo Binea; ne ne ba Refaia, ne ba Elasa, ne ba Asel. Na Asel wɔ mmammarima baasia, na wɔn din nie: Asrikam, Bokeru ne Ismael ne Searia ne Obadia ne Hanan. Yeinom ne Asel mma.
21-26c7b21695e0c5c37f27c392e17ca690.mp3
Sɛ wohunu obi a wɔaku no da wiram asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa no so, na wonnim deɛ ɔkumm no a, ɛnneɛ wo mpanimfoɔ ne w’atemmufoɔ mfiri adi nkɔsusu nkɔduru nkuro a ɛdeda deɛ wɔaku no no ho no so; na kuro a ɛbɛn deɛ wɔaku no no ho no, saa kuro no mu mpanimfoɔ mfa nantwiburuwa a wɔmfaa no nyɛɛ adwuma na ɔntwee kɔnnua pɛn, nsiane nkɔ subonhwa a nsuo sene wɔ mu a wɔnnɔeɛ na wɔnnuaa mu adeɛ da mu, na wɔmmu nantwiburuwa no kɔn mu wɔ subonhwa no mu. Na Lewifoɔ mma asɔfoɔ no mmra ho, ɛfiri sɛ wɔn na AWURADE wo Nyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔnsom na wɔnhyira AWURADE din mu, na wɔn anomu asɛm so na wɔmfa nni akasakasa ne ɔborɔ ho asɛm biara; na kuro a ɛbɛn deɛ wɔaku no no mu mpanimfoɔ no nyinaa nhohoro wɔn nsa ngu nantwiburuwa a wɔabu ne kɔn mu subonhwa no mu no so, na wɔmma wɔn nne so nka sɛ: Ɛnyɛ yɛn nsa na ɛhwiee mogya yi guiɛ, na yɛn ani anhunu. AWURADE fa kyɛ wo man Israel a woagye wɔn no, na mfa mogya a ɛdi bem ho afobuo ngu wo man Israel so; na fa mogya ho bɔne yi kyɛ wɔn. Na wo deɛ, yi mogya a ɛdi bem ho afobuo firi wo mu, na yɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so. Sɛ wotu sa ne w’atamfo rekɔko, na AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn hyɛ wo nsa, na wofa wɔn mu bi nnommum, na wohunu nnommum no mu baabereɛ bi, na wopɛ sɛ wofa no yɛ wo yere a, ɛnneɛ fa no bra wo fie, na ɔnyi ne ti, na ɔmmubu ne mmɔwerɛ, na ɔnyi ne dommum atadeɛ mfiri ne ho, na ɔntena wo fie nnyam n’agya ne ne na bosome mu, na ɛno akyiri no woakɔ ne ho aware no na wayɛ wo ɛyerɛ. Na sɛ ɛba sɛ wompɛ no bio a, ma no mfa ne ho nkɔdi sɛdeɛ ɔpɛ, na tɔn deɛ, ntɔn no nnye sika, ɛne no nnni no sɛ afenaa, ɛfiri sɛ woahodwo no. Sɛ ɔbarima bi wɔ yerenom baanu, na ɔdɔ ɔbaako, na ɔnnɔ ɔbaako, na wɔn baanu no no wowo mma ma no, na abakan no yɛ deɛ ɔnnɔ no no ba a, ɛnneɛ da a ɔrekyɛ n’adeɛ mu ama ne mma no, ɔmmfa deɛ ɔdɔ no no ba nnyɛ abakan nnni deɛ ɔnnɔ no no ba a ɔyɛ abakan no anim. Na ɔmmu deɛ ɔnnɔ no no ba no abakan mma no deɛ ɔwɔ nyinaa mu abupɛn mmienu; na ɔne n’ahoɔden asefire, abakan dibea yɛ ne dea. Sɛ obi wɔ ɔba ɔsoɔdenfoɔ ne otuatefoɔ a ɔntie n’agya ne ne na asɛm, na wɔtea no na ɔntie wɔn a, ɛnneɛ n’agya ne ne na nkye no mfa no mfiri adi nkɔ ne kurom mpanimfoɔ nkyɛn wɔ kuro no pono ano, na wɔnka nkyerɛ ne kuro no mu mpanimfoɔ no sɛ: Yɛn ba yi yɛ ɔsoɔdenfoɔ ne otuatefoɔ, ɔntie yɛn asɛm, ɔyɛ ohohwini ne nsabofoɔ. Na ne kuro no mu mmarima nyinaa nsi no aboɔ mma no nwu; na yi bɔne no firi wo mu na Israel nyinaa nte na wɔnsuro. Na sɛ obi yɛ bɔne a ɛsɛ kum na wɔku no de no sɛne dua bi so a, ne funu no nntena dua no so anadwo, sie no da no ara; na deɛ wɔasɛne no no yɛ Nyankopɔn nnome, na woangu w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no ho fi.
5-d9e4389f3d22d6703dc6d4f98353cc51.mp3
Na yei akyi no, Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Ma me man nkɔ na wɔnkɔhyɛ fa mma me wɔ ɛserɛ so. Na Farao se: Hwan ne AWURADE a mɛtie ne nne na mama Israel akorɔ? Mennim AWURADE no, na Israel nso, meremma wɔnkɔ. Na wɔse: Hebrifoɔ Nyankopɔn abɛhyia yɛn; enti ma yɛnkɔ ɛserɛ so nnansa kwan, na yɛnkɔbɔ AWURADE, yɛn Nyankopɔn afɔdeɛ, na wamfa owuyadeɛ anaa nkrantɛ ammɛtua yɛn. Na Misraimhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na mo, Mose ne Aaron, moyi ɔman no firi wɔn nnwuma ho? Monkɔ mo adwumaden no so. Na Farao kaa sɛ: Monhwɛ, afei a nnipa no adɔɔso wɔ asase no so, na morepɔn wɔn afiri wɔn adwumayɛ mu yi! Na da no ara Farao hyɛɛ ɔman no adwumayɛ so ahwɛfoɔ ne wɔn aboafoɔ no sɛ: Mommma ɔman no ɛserɛ a wɔde bɛyɛ ntaayaa no bio sɛ akane no; wɔn ara wɔnkɔboaboa ɛserɛ ano mfa. Na ntaayaa dodoɔ a na wɔyɛ daa no, monnye wɔn, monnyi so bi, ɛfiri sɛ wɔyɛ anihafoɔ, enti na wɔsu sɛ: Ma yɛnkɔ nkɔbɔ yɛn Nyankopɔn afɔdeɛ no. Momma wɔn adwuma a emu yɛ den na wɔnyɛ, na wɔantie nsenhunu. Na ɔman no adwumayɛ so ahwɛfoɔ ne wɔn aboafoɔ no firii adi bɛka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Sɛ Farao seɛ nie: Meremma mo ɛserɛ bio. Mo ara monkɔ nkɔpɛ ɛserɛ wɔ deɛ mobɛnya bie; na mo adwuma no nso wɔrente so hwee. Ɛnna ɔman no bɔ petee Misraim asase nyinaa so kɔboaboaa ayuo ntwakaeɛ ano de yɛɛ ɛserɛ mehemehe no. Na akafoɔ no piapiaa wɔn kaa sɛ: Monwie mo da koro adwuma wɔ ne berɛ mu, sɛ berɛ a na ɛserɛ wɔ hɔ no. Na wɔhwee Israelfoɔ ahwɛfoɔ a Farao adwumayɛ so ahwɛfoɔ de asisi wɔn soɔ no kaa sɛ: Ɛdeɛn nti na moanwie ntaayaa a wɔahyɛ mo nnɛ ne nnora no nyinaa sɛ akane no? Ɛnna Israelfoɔ ahwɛfoɔ no ba bɛsu kyerɛɛ Farao sɛ: Ɛdeɛn nti na wo ne wo nkoa redi no saa? Wɔmmaa wo nkoa ɛserɛ biara, nso wɔse yɛnyɛ ntaayaa; na hwɛ, wɔahwe wo nkoa, nso ɛyɛ wo ara wo nkurɔfoɔ no mfomsoɔ. Na Farao buaa sɛ: Anihafoɔ, anihafoɔ na moyɛ. Enti na mose: Ma yɛnkɔ nkɔbɔ AWURADE afɔdeɛ. Enti monkɔ nkɔyɛ adwuma, na ɛserɛ deɛ, wɔremma mo, nso ntaayaa no dodoɔ deɛ, mobɛma ara. Na wɔkaa sɛ: Monnyi mo da koro adwuma mu ntaayaa no so ara da, na Israelfoɔ adwumayɛ so ahwɛfoɔ no hunuu sɛ amaneɛ na ato wɔn. Na wɔfiri Farao nkyɛn reba no, wɔbɛtoo Mose ne Aaron a wɔgyina hɔ rebɛhyia wɔn, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE nhwɛ mo mmu atɛn, sɛ moama yɛn ho abɔn wɔ Farao ne ne nkoa anim, na mode nkrantɛ ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa nku yɛn. Na Mose sane baa AWURADE nkyɛn bɛkaa sɛ: AWURADE, adɛn na woayɛ ɔman yi bɔne sei? Adɛn na wosomaa me yi? Na ɛfiri berɛ a mebaa Farao nkyɛn na mede wo din ne no kasaeɛ no, Farao ayɛ ɔman yi bɔne, na wo nso wonnyee wo man!
3-7cd9fa84392f87db56b5463752dfbeaa.mp3
Na Sardi asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔwɔ Nyankopɔn ahonhom nson ne nsoromma nson no seɛ: Menim wo nnwuma, sɛ wowɔ din sɛ wote aseɛ, nanso woawuo. Nyane, na hyɛ nkaeɛ a ɛrebɛwuo no den. Na menhunuu wo nnwuma sɛ ɛyɛ pɛ me Nyankopɔn anim. Enti kae sɛdeɛ woanya na woateɛ na di so, na sakyera w’adwene! Na sɛ woanwɛn a, mɛba sɛ owifoɔ, na worenhunu dɔn ko a mɛba wo soɔ. Nanso wowɔ nnipa kakraa bi a wɔnguu wɔn ntadeɛ ho fi wɔ Sardi, na wɔne me bɛnante ntadeɛ fitaa mu, ɛfiri sɛ wɔfata. Deɛ ɔdi nkonim no na wɔbɛhyɛ no atadeɛ fitaa saa, na merempepa ne din mfiri nkwa nwoma no mu, na mɛbɔ ne din m’Agya ne n’abɔfoɔ anim. Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no. Na Filadelfia asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkronkronni, ɔnokwafoɔ no, deɛ ɔkura Dawid safoa, na ɔhini a obi nto mu, na ɔto mu, a obi nhini no, seɛ: Menim wo nnwuma. Hwɛ, mede ɛpono a wɔahini masi w’anim a obi ntumi nto mu, ɛfiri sɛ wowɔ ahoɔden ketewa bi, na woadi m’asɛm so, na woampa me din. Hwɛ, mede ebinom a wɔfiri Satan hyiadan mu, a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafoɔ, na wɔnyɛ, na mmom wɔdi atorɔ no mema. Hwɛ, mɛma wɔaba na wɔabɛkoto wo nan ase, na wɔahunu sɛ madɔ wo. Ɛsiane sɛ woadi me boasetɔ asɛm soɔ nti, me nso mɛkora wo, sɔhwɛ berɛ a ɛbɛba wiase nyinaa soɔ, sɛ wɔbɛsɔ wɔn a wɔte asase soɔ ahwɛ no, mu. Mereba ntɛm; sɔ deɛ wowɔ no mu, na obi annye w’abotire. Deɛ ɔdi nkonim no, mɛyɛ no fadum me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfiri adi bio, na mɛtwerɛ me Nyankopɔn din wɔ ne so, ne me Nyankopɔn kuro a ɛyɛ Yerusalem foforɔ, a ɛfiri soro ba fam firi me Nyankopɔn nkyɛn no din, ne me din foforɔ no. Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no. Na Laodikea asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na Amen, ɔdanseni a ɔsɛ sɛ wɔgye no die na ɔyɛ ɔnokwafoɔ no, Nyankopɔn abɔdeɛ farebae no seɛ: Menim wo nnwuma sɛ wonyɛ nwunu na wonyɛ hyeɛ. Sɛ woyɛ nwunu anaa woyɛ hye a, anka ɛyɛ. Na afei deɛ, ɛnam sɛ woyɛ boturobodwo na wonyɛ hyeɛ anaa nwunu nti, mɛfe wo mafiri m’anomu. Ɛfiri sɛ wose: Meyɛ ɔdefoɔ na manya me ho, na hwee nhia me, na wonnim sɛ wo ara ne ɔmanehunufoɔ ne mmɔborɔni ne ohiani ne onifirani ne ɔdagyani. Metu wo fo sɛ, tɔ me nkyɛn sika a wɔabere ho ogya mu, na woanya ahonya ne atadeɛ fitaa, na woahyɛ, na w’adagya ahohora anna adi, ne aniduro a wode bɛsra w’ani, na woahunu adeɛ. Dodoɔ a medɔ wɔn no, meyi wɔn atɛn, na metwe wɔn aso. Enti bɔ mmɔden na sakyera w’adwene! Hwɛ, megyina ɛpono ano na mebɔ mu. Sɛ obi bɛtie me nne na wahini ɛpono no a, mɛhyɛne mu maba ne nkyɛn, na me ne no abɛdidi, na ɔne me nso adidi. Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma ɔne me atena m’ahennwa so, sɛdeɛ me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahennwa soɔ no. Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no.
19-71afdd075a832ecbf089556ee9f1d070.mp3
Na ɛbaa sɛ Yesu wiee nsɛm yi ka no, ɔfirii Galilea, na ɔbaa Yudea ahyeɛ so, Yordan agya. Na nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn yadeɛ wɔ hɔ. Na Farisifoɔ baa ne nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛe, sɛ: Obi wɔ ho kwan sɛ asɛm biara nti ɔgyaa ne yere anaa? Na ɔbua see wɔn sɛ: Monkenkanee sɛ ɛfiri mfitiaseɛ no, deɛ ɔbɔɔ onipa no, ɔbarima ne ɔbaa na ɔyɛɛ wɔn? Ɛnna ɔkaa sɛ: Yei nti na ɔbarima bɛgya agya ne ɛna, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu abɛyɛ honam korɔ? Enti na wɔnna so nyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ honam korɔ. Enti deɛ Onyankopɔn de abom no, mma onipa biara nntete mu. Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Na adɛn nti na Mose hyɛɛ sɛ wɔmma awaregyaeɛ nwoma, na wɔnnyaa no no? Ɔsee wɔn sɛ: Mo akomaden nti na Mose maa mo kwan sɛ monnyaa mo yerenom; na ɛfiri mfitiaseɛ no, anka ɛnte saa. Enti mese mo sɛ, sɛ ɛnyɛ adwamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔware foforɔ a, na wasɛe awadeɛ; (na deɛ ɔbɛware deɛ wɔagyae no no nso asɛe awadeɛ.) Asuafoɔ no see no sɛ: Sɛ ɔbarima ne ne yere ntam asɛm te saa deɛ a, na ɛnyɛ sɛ wɔwareɛ. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ nnipa nyinaa na ɛbɛtumi agye asɛm yi, gye wɔn a wɔde ama wɔn. Na nnipa bi wɔ hɔ a wɔntumi nwareɛ a wɔwoo wɔn saa firii wɔn na yam, na ebinom nso wɔ hɔ a nnipa na ɛyɛɛ wɔn saa; na ebinom nso wɔ hɔ a ɔsoro ahennie nti na wɔayɛ wɔn ho saa. Deɛ ɔbɛtumi agyeɛ no, ma no nnye. Ɛnna wɔde mmɔfra brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so mmɔ mpaeɛ mma wɔn; nanso asuafoɔ no kaa nnipa a wɔde wɔn baeɛ no anim. Na Yesu kaa sɛ: Momma mmɔfra no kwan na monnsi wɔn me nkyɛn ba kwan; na yeinom sɛɛ yi na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea. Na ɔde ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn na ɔfiri hɔ kɔeɛ. Na hwɛ, obi baa hɔ bɛsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, adepa bɛn na menyɛ na manya daa nkwa? Na ɔsee no sɛ: Adɛn nti na wobisa me papa ho asɛm? Ɔbaako na ɔyɛ. Na sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu a, di mmara nsɛm no so! Ɔsee Yesu sɛ: Deɛ ɛwɔ he? Ɛnna Yesu se: Deɛ ɛse: Nni awu! Nsɛe awadeɛ! Mmɔ korɔno! Nni adansekurumu! Di w’agya ne wo na ni! Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho! Aberanteɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Madi yeinom nyinaa so. Ɛdeɛn na aka me bio? Yesu see no sɛ: Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔ na kɔtɔn deɛ wowɔ, na fa ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ soro, na bra bɛdi m’akyi! Aberanteɛ no tee asɛm yi no, ɔde awerɛhoɔ kɔeɛ; ɛfiri sɛ na ɔwɔ ahonyadeɛ bebree. Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, ɛyɛ den ma ɔdefoɔ sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro ahennie mu. Na bio mese mo sɛ, ɛyɛ mmerɛ ma yoma sɛ ɔbɛfa paneɛ tokuro mu sene sɛ ɔdefoɔ bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu. Na n’asuafoɔ no teeɛ no, ɛyɛɛ wɔn ahodwiri pii, na wɔkaa sɛ: Ɛnneɛ na hwan na wɔbɛtumi agye no nkwa? Na Yesu hwɛɛ wɔn, see wɔn sɛ: Onipa fam na yei ntumi nyɛ hɔ, na Nyankopɔn fam deɛ nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ. Ɛnna Petro bua see no sɛ: Hwɛ, yɛagya nnoɔma nyinaa hɔ abɛdi w’akyi. Ɛdeɛn koraa na yɛbɛnya? Na Yesu see wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mo a moabɛdi m’akyire yi, wiase foforɔ no mu no, ɛda a Onipa Ba no bɛtena n’animuonyam ahennwa soɔ no, mo nso mobɛtena ahennwa dummienu so, abu Israel mmusuakuo dummienu no atɛn. Na obiara a me nti wagya afie, anaa nuammarima anaa nuammaa, anaa agya anaa ɛna anaa mma, anaa nsase hɔ no, ɔbɛnya no mmɔho ɔha na wanya daa nkwa afa. Na adikanfoɔ pii bɛdi akyire, na akyikafoɔ abɛdi kan.
107-e790e67d4100df29f5a1c093c817d873.mp3
Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Ma wɔn a AWURADE agye wɔn nka saa, wɔn a wagye wɔn afiri ɔhohiahiafoɔ nsam, na waboaboa wɔn ano afiri nsase soɔ, afiri apueeɛ ne atɔeɛ, afiri atifi fam ne anafoɔ fam. Wɔkyinkyinii anwea pradada so, nkyɛkyerɛ a ɛnni kwan so, wɔanhunu kuro biara antena mu. Ɛkɔm dee wɔn, sukɔm dee wɔn, wɔn kra tɔɔ piti wɔ wɔn mu. Na wɔsu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu, na ɔgyee wɔn firii wɔn ahokyere mu, na ɔde wɔn faa ɔkwantenenee so sɛ wɔnkɔ kuro a wɔbɛtumi atena mu so. Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho, ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu, sɛ wama ɔkra a ne ho aweɛ ameeɛ, na ɔde adepa ahyɛ ɔkra a ɛkɔm de no ma. Wɔn a wɔtenaa sum ne sum kabii mu, na wɔkyeree wɔn guu amaneɛ ne dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, ɛfiri sɛ wɔtee Nyankopɔn nsɛm ho atua, na wɔbuu ɔsorosoroni no agyina animtia, na ɔde ɔhaw brɛɛ wɔn akoma ase, wɔhwehwee ase a ɔboafoɔ bi nni hɔ. Na wɔsu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu, na ɔgyee wɔn firii wɔn ahokyere mu. Ɔyii wɔn firii sum ne sum kabii mu, na ɔbubuu wɔn mpokyerɛ mu. Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho, ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu, sɛ wabubu kɔbere mfrafraeɛ apono, na watwitwa adaban mu asinasini. Agyegyentwie, wɔn mmarato kwan ne wɔn amumuyɛ nti wɔhunuu amane. Wɔn kra kyiri aduane nyinaa na wɔbɛn owuo aboboano. Na wɔsu frɛɛ AWURADE wɔn ahohia mu, na ɔgyee wɔn firii wɔn ahokyere mu. Ɔmaa n’asɛm bɛsaa wɔn yadeɛ, na ɔyii wɔn firii wɔn amena mu. Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho, ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu, na wɔmmɔ aseda afɔdeɛ, na wɔmfa ahurisie dwom nka ne nneyɛɛ. Wɔn a wɔsiane kɔ ɛpo so ahyɛn mu na wɔkɔdi nsuo akɛseɛ mu dwuma no, wɔn na wɔhunuu AWURADE nneyɛɛ, ne n’anwanwadeɛ ebunu mu, na ɔka maa ahum kɛseɛ tui, na ɛmaa n’asorɔkyeɛ so. Wɔforo kɔɔ soro, na wɔsiane kɔɔ bunu donkodonko mu, ahohia nti wɔn kra hodwoe. Wɔkyim kɔ bae tɔɔ ntintan sɛ asabofoɔ, na wɔn nyansa nyinaa sae wɔn tirim. Na wɔsu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu, na ɔgyee wɔn firii wɔn ahokyere mu. Ɔmaa ahum no yɛɛ komm, na asorɔkyeɛ no yɛɛ dinn. Na wɔn ani gyee sɛ ano adwo komm, na ɔde wɔn kɔɔ wɔn agyinaeɛ a wɔhwehwɛɛ hɔ no: Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu, na wɔmma no so ɔman ahyiaeɛ mu, na wɔnyi no ayɛ mpanimfoɔ dwabɔ mu. Ɔdanee asutene maa no yɛɛ anwea pradada ne nsuo aniwa maa no yɛɛ nkyɛkyerɛ. Asase a ɛma aduane danee asase kɛsɛɛ, wɔn a wɔte soɔ no bɔneyɛ nti. Ɔdanee anwea pradada maa no yɛɛ ɔtadeɛ, ne nkyɛkyerɛ maa no yɛɛ nsuo aniwa, na ɔmaa wɔn a ɛkɔm dee wɔn kɔtenaa hɔ, na wɔkyekyeree kuro tenaa mu, na wɔyɛɛ mfuo, na wɔtetɛɛ bobe nturo, na wɔnyaa nnɔbaeɛ pii. Na ɔhyiraa wɔn maa wɔn ase kyenee bebree, na wamma wɔn afieboa so anhwan. Ɛnna afei wɔn so hwaneeɛ, na wɔbrɛɛ wɔn ase, ɛnam nhyɛsoɔ, ɔhaw ne awerɛhoɔhyɛ nti. Ɔde animtiabuo gu mmapɔmma so, na ɔma wɔkyini asase fo a ɔkwan nni hɔ so. Na ɔmaa ohiani so firii amanehunu mu, na ɔyɛɛ wɔn mmusua sɛ nnwankuo. Teneneefoɔ bɛhunu, na wɔn ani agye, na amumuyɛ nyinaa bɛmua n’ano. Obiara a ɔyɛ onyansafoɔ no, ma no mmu yeinom, na ma wɔnwene AWURADE adɔeɛ ho.
2-0fa5ae4f2a17a3b0cfb685d3518deb1d.mp3
Yei nti ɛsɛ sɛ yɛsɔ nnoɔma a yɛateɛ no mu den ma no boro soɔ, na yɛamfiri ho da bi. Na sɛ asɛm a wɔnam abɔfoɔ so kaeɛ no timii, na mmarato ne asoɔden biara nyaa n’akatua a ɛsɛ a, yɛn nso, sɛ yɛammu nkwagyeɛ kɛseɛ a ɛte sɛ yei a, yɛbɛdwane afiri mu sɛn? Ɛno na Awurade firii aseɛ kaeɛ no, wɔn a wɔteeɛ no hyɛɛ mu den maa yɛn, na Onyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne ahoɔdenneɛ ahodoɔ ne Honhom Kronkron a ɔkyekyɛɛ mu sɛ ɔpɛ no dii ho adanseɛ bi. Ɛfiri sɛ ɛnyɛ abɔfoɔ ase na ɔde wiase a ɛreba a yɛka ho asɛm no ahyɛ. Na obi di adanseɛ baabi sɛ: Ɔdasani ne hwan a wokae no, anaasɛ onipa ba ne hwan a w’ani ku ne ho? Woama no aka kakraa bi na wato abɔfoɔ, wode animuonyam ne anidie abɔ no abotire, [na wode no asi wo nsa ano nnwuma so,] wode nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nan ase. Na sɛ ɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ n’ase yi, wannya biribiara a wamfa anhyɛ n’aseɛ. Na seesei deɛ, yɛnnya nhunuu sɛ wɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ n’ase. Na mmom, yɛhunu Yesu, deɛ berɛ tiawa bi mu, wɔbrɛɛ no ase senee abɔfoɔ no, sɛdeɛ ɔbɛfa Onyankopɔn adom so bɛka owuo ahwɛ ama nnipa nyinaa. Seesei ɛsiane owuo amanehunu nti, wɔde animuonyam ne anidie abɔ no abotire. Na ɛfataa deɛ ne nti nnoɔma nyinaa wɔ hɔ na ɛnam ne so na nnoɔma nyinaa wɔ hɔ, deɛ ɔde mma bebree baa animuonyam mu no, sɛ ɔde wɔn nkwagyeɛ safohene nam amanehunu mu bɛkɔ pɛyɛ mu. Na deɛ ɔte yɛn ho ne wɔn a wɔate wɔn ho nyinaa wɔ abɔseɛ baako, ne saa nti ɛnyɛ no aniwu sɛ ɔbɛfrɛ wɔn anuanom, sɛ: Mɛbɔ wo din makyerɛ me nuanom, asafo mu na mɛto ayeyie dwom mama woɔ. Na bio: Mede me ho bɛto ne so. Na bio nso: Hwɛ, me ne mma a Onyankopɔn de wɔn ama me no nie. Enti sɛ mma no anya honam ne mogya korɔ no bie no, saa ara na ɔno nso faa mu bi, sɛ ɔnam owuo so bɛtu deɛ ɔwɔ owuo tumi a ɔne ɔbonsam no, na wagye wɔn a anka owuo ho hu nti wɔayɛ nkoa, nna a wɔde te aseɛ nyinaa. Na ampa ara, ɛnyɛ abɔfoɔ na ɔsɔ wɔn mu gye wɔn, na mmom Abraham asefoɔ na ɔsɔ wɔn mu gye wɔn. Enti ɛhiaa no sɛ ɔsɛ ne nuanom nnoɔma nyinaa mu, na wayɛ mmɔborɔhunu ne nokorɛ sɔfo panin, Nyankopɔn fam nnoɔma no mu, na wayɛ ɔman no bɔne ho mpata. Na ɛnam sɛ ɔno ara hunuu sɔ a wɔsɔɔ no hwɛeɛ mu amaneɛ nti, ɔtumi boa wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ no.
44-ca8c6207c736e5fdcc3d9693e837c7ff.mp3
Na afei tie, O m’akoa Yakob ne Israel a mayi woɔ. Sɛ AWURADE a ɔyɛɛ woɔ, na ɔnwonoo wo firii yafunu mu, na ɔbɛboa woɔ no seɛ nie: Nsuro, m’akoa Yakob, ne Yesurun a mayi woɔ. Na mɛhwie nsuo agu asase a sukɔm de no no so, na nsuwansuwa agu asase pɛsɛɛ so; mɛhwie me honhom agu w’asefoɔ so, na me nhyira agu wo mma so. Na wɔbɛfifi sɛ asuo ho serɛ, sɛ nsunoa nnuaa, nsutene so. Oyi bɛse sɛ: Meyɛ AWURADE dea, na oyi nso de Yakob din afrɛ ne ho; na oyi nso bɛtwerɛ ne nsa ho sɛ: AWURADE dea, na ɔde Israel din ato ne ho. Sɛ AWURADE, Israel hene, ne ne Gyefoɔ, asafo AWURADE seɛ nie: Mene odikanfoɔ na mene okyidifoɔ, na Onyankopɔn biara nni hɔ gye me nko. Hwan na ɔte sɛ me? Ma no nka ɛ! Ma no mpae mu nka mfa nsi m’anim. Hwan na ɔfiri tete nteredee kyerɛɛ ɔman a mede bɛsi hɔ daa ne nnoɔma a ɛbɛba no? Ma wɔnkyerɛ yɛn deɛ ɛbɛba no. Mommma mo akoma nntu, na monnsuro! Ɛno ɛmfiri tete nteredee na memaa moteeɛ na mekaeɛ? Na mone m’adansefoɔ. Onyankopɔn bi wɔ hɔ sɛ me nko? Na ɔbotan biara nni hɔ; mennim obiara. Ahoninwomfoɔ nyinaa yɛ ɔkwa, na deɛ wɔn ani gye ho no ho nni mfasoɔ; wɔn ara wɔn adansefoɔ nhunu adeɛ na wɔnnim, enti wɔn ani bɛwu. Hwan na ɔnwonoo onyame bi na ɔguu ohoni bi a ɛho nni mfasoɔ? Hwɛ, ne mfɛfoɔ nyinaa ani bɛwu, na adwumfoɔ no nso yɛ nnipa; ma wɔn nyinaa nhyia nnyina hɔ, wɔn ho mpopo, na wɔn ani nwu. Ɔtomfoɔ se n’adwinnadeɛ yɛ ogya mu adwuma na ɔde asaeɛ bɔ, na ɔde ne basa a ahoɔden wɔ mu yɛ ɛho adwuma; ɛkɔm de no na ahoɔden nni hɔ bio, ɔnnom nsuo a ɔtɔ piti. Duadwumfoɔ yere homa mu, ɔde pɛnsere sensane ho, ɔde adwinnadeɛ yɛ, na ɔde kɔmpase sensane ho, na ɔyɛ no ɔbarima nsɛso, onipa ahoɔfɛ so, sɛ ɛntena ɛdan mu. Obi kɔbu tweneduro, anaa ɔyi duaboɔ anaa odum wɔ kwaeɛ mu nnua mu ma no nyini ma no; ɔtɛ sennuro, na osuo ma no nyini; na ɛyɛ ogya ma onipa, ɔfa ebi to, ɔsɔ bi to paanoo; ebi mpo ɔde yɛ onyame sɔre no. Ɔde sene ohoni koto no. Ɔde gya hye fa, na ɛfa nso so na ɔtoto nam weɛ, ɔkye so nam di mee; ɔto gya no nso, na ɔse: Wiɛ, me ho ayɛ me hye, mahunu ogya! Na nkaeɛ no, ɔde yɛ onyame, ne ohoni. Ɔkoto no sɔre no bɔ no mpaeɛ, na ɔse: Gye me, me nyame ne wo! Wɔnnim na wɔnni nhunumu, na wasram wɔn ani so, na wɔanhunu adeɛ, ne wɔn adwene nso, na wɔante aseɛ; na obiara nnwene ho, na nimdeɛ biara nni hɔ, na nhunumu biara nni hɔ na wɔaka sɛ: Mahye ɛfa ogya mu, na mato ne nsramma so paanoo, na makye so nam adi; na nkaeɛ no, memfa menyɛ akyiwadeɛ? Dua sini na menkoto no anaa? Nso na ɔdie; wɔadaadaa n’adwene ama no ato kwan, na ɔntumi nnye ne kra, nso ɔnka sɛ: Ɛnyɛ atorɔ na ɛwɔ me nsa nifa mu yi? Kae yeinom, Yakob ne Israel, na m’akoa ne wo; me na menwonoo woɔ, woyɛ m’akoa, O Israel. Me werɛ remfiri wo. Mapepa wo mmarato sɛ mununkum, ne wo bɔne sɛ suwisie. Sane bra me nkyɛn, na magye wo. Ɔsoro, monto anigyeɛ dwom, na AWURADE na wayɛ; asase ase nohoa, mommɔ ose, mompaepae ahurisie dwom mu, mmepɔ, O kwaeɛ ne emu nnua nyinaa. Na AWURADE agye Yakob, na wahyɛ ne ho animuonyam, wɔ Israel mu. Sɛdeɛ AWURADE, wo Gyefoɔ ne deɛ ɔnwonoo wo firii yafunu mu no seɛ nie: Me, AWURADE, mene deɛ ɔyɛɛ ade nyinaa, deɛ ɔno nko ara twee ɔsoro mu no, deɛ ɔtrɛɛ asase mu no, na obiara nka me ho; deɛ ɔma adebisafoɔ nsɛnkyerɛnneɛ yɛ ɔkwa, na ɔma nkɔmhyɛfoɔ yɛ nkwaseafoɔ; deɛ ɔma anyansafoɔ sane akyire, na ɔdane wɔn nimdeɛ nkwaseasɛm; deɛ ɔma n’akoa asɛm gyina, na ɔma n’abɔfoɔ agyinatusɛm ba mu; deɛ ɔka Yerusalem ho sɛ: Nnipa bɛtena mu! ne Yuda nkuro ho sɛ: Wɔbɛkyekyere, na mɛma n’akurofo so agyinagyina. Deɛ ɔka kyerɛ ebunu sɛ: We na mɛma wo nsutene awewe. Deɛ ɔka Kores ho sɛ: Me dwanhwɛfoɔ nie, na ɔbɛma me botaeɛ nyinaa aba mu, na waka Yerusalem ho sɛ: Wɔbɛkyekyere! ne asɔrefie nso sɛ: Wɔbɛto wo fapem!
12-d60d6f5f9661e8a7c32edeb5d56e8a67.mp3
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ ɔbaa bi nyinsɛn na ɔwo ɔbabanin a, ne ho nte nnanson te sɛ ne nsabuo nna mu a ne ho nteɛ no. Na da a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔntwa abɔfra no twetia. Na ɔntena tannan mu adaduasa nnammiɛnsa n’ahodwira mogya mu; ɔnnka ade kronkron biara na ɔmmma kronkronbea hɔ kɔsi sɛ n’ahodwira nna bɛwie duro. Na sɛ ɔwo ɔbaa a, ne ho nte nnawɔtwe mmienu sɛ ne nsabuo nna mu, na ɔntena tannan mu adaduosia nnansia n’ahodwira mogya mu. Na sɛ ahodwira nna no wie du ma ɔbabanin anaa ɔbabaa no a, ɔmfa odwanten ba a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aborɔnoma ba anaa anyankuku a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ mmra ahyiaeɛ ntomadan no ano mmɛma ɔsɔfoɔ no. Na ɔmfa mmra AWURADE anim, na ɔmpata mma no, na ne ho nte mfiri ne mogyaguo no mu. Yei ne mmara a ɛda hɔ ma ɔbaa a wawo ɔbabarima anaa ɔbabaa no. Na sɛ ne nsa anso odwan ba so a, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmra mmɛma, baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na baako nso nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, na ne ho nte.
35-d5b64fbdb575571daf81a965a4c53af3.mp3
Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn, Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba berɛ soɔ nie: Kɔ Rekabfoɔ fie, na ɛne wɔn nkɔkasa, na fa wɔn bra AWURADE fie mpia no baako mu, na ma wɔn nsa nnom. Ɛnna mekɔfaa Habasinia ba Yeremia ba Yaasania ne ne nuanom ne ne mmammarima nyinaa ne Rekabfoɔ fiefoɔ nyinaa, na mede wɔn baa AWURADE fie. Mekɔɔ Nyankopɔn nipa Yigdalia ba Hanan mma pia a ɛwɔ mmapɔmma pia no ho, ɔpono ano hwɛfoɔ Salum ba Maaseia pia atifi no mu, na mede nkuruwa a nsa ayeyɛ no amaama ne nkoraa sisii Rekabfoɔ fie mma no anim, na mesee wɔn sɛ: Monnom nsa. Na wɔse: Yerɛnnom nsa. Na yɛn agya Rekab ba Yonadab ahyɛ yɛn sɛ: Monnnom nsa, mo ne mo mma nnnom bi da biara da. Na monnsisi adan, na monnnua hwee, na monnyɛ bobeturo biara, na mommfa ebi nso nnyɛ mo deɛ; na ntomadan mu na montena mo nna nyinaa, na moadi nna pii, asase a moyɛ so ahɔhoɔ no so. Na yɛatie yɛn agya Rekab ba Yonadab, deɛ ɔhyɛɛ yɛn no nyinaa mu, na yɛn nna nyinaa mu, yɛnnom nsa, yɛn, yɛn yerenom, yɛn mmabanin ne yɛn mmammaa; na yɛnsisi adan ntena mu, na yɛnni bobeturo ne afuo ne adeɛ a wɔdua biara, na yɛtete ntomadan mu; na yɛtie na yɛyɛ sɛdeɛ yɛn agya Yonadab hyɛɛ yɛn no nyinaa. Na Babelhene Nebukadnessar tu baa asase yi soɔ no, yɛkaa sɛ: Mommra mma yɛnkɔ Yerusalem mfiri Kaldeafoɔ dɔm ne Siriafoɔ dɔm no anim; na yɛbɛtenaa Yerusalem. Ɛnna AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Kɔ, na kɔka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ sɛ: Morennye nkyerɛkyerɛ sɛ mobɛtie me nsɛm? AWURADE asɛm nie. Wɔama Rekab ba Yonadab nsɛm a ɔhyɛɛ ne mma sɛ wɔnnnom nsa no atim, na wɔnnom bi de bɛsi nnɛ da yi, ɛfiri sɛ wɔtie wɔn agya ahyɛdeɛ no. Na me deɛ, makasa makyerɛ mo, metua nhema mekasa mekyerɛ mo, na moantie me. Na masoma me nkoa, adiyifoɔ no, nyinaa aba mo nkyɛn, metua nhema mesoma wɔn sɛ: Monsane ɛ, mo nyinaa mfiri mo akwammɔne so, na monyɛ mo nneyɛɛ yie, na monnni anyame foforɔ akyi nnsom wɔn, na montena asase a mede memaa mo ne mo agyanom no so. Na moammrɛ mo aso ase, na moantie me. Na Rekab ba Yonadab mma ama wɔn agya ahyɛdeɛ a ɔhyɛɛ wɔn no atim; na ɔman yi deɛ, wɔntie me. Ɛno nti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne a meka metiaa Yuda ne Yerusalemfoɔ no nyinaa mereba wɔn so, ɛsiane sɛ makasa akyerɛ wɔn, na wɔantie, na mafrɛ wɔn, na wɔannye me so nti. Na Rekabfoɔ fie no deɛ, Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Ɛsiane sɛ moatie mo agya Yonadab ahyɛdeɛ, na moadi ne mmara nsɛm nyinaa so ayɛ sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo no nyinaa nti, sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Onipa a ɔbɛgyina m’anim remmɔ Rekab ba Yonadab da biara da.
1-f06fc4b2dbf4d6345ffc84aa8ad3589e.mp3
Hilkia ba Yeremia a ɔfiri asɔfoɔ a wɔwɔ Anatot, Benyamin asase soɔ no mu no nsɛm nie. Ɔno na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba berɛ soɔ, n’ahennie afe a ɛtɔ so dummiɛnsa mu. Na ɛbaa Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba berɛ so nso, de bɛsii Yudahene Sedekia a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so dubaako awieeɛ, de bɛsii Yerusalem tuo a wɔtuu wɔn kɔeɛ, bosome a ɛtɔ so nnum mu no so. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Mennya mennwonoo wo ɔyafunu mu no, na menim wo, na wonnya mfirii adi mfirii awotwaa mu no, na metee wo ho; mesii wo odiyifoɔ memaa amanaman. Ɛnna mekaa sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn! Nokorɛ, mennim kasa, ɛfiri sɛ meyɛ abɔfra. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nka sɛ: Meyɛ abɔfra; na mmom baabiara a mɛsoma woɔ no, kɔ, na asɛm biara a mɛka akyerɛ woɔ no, ka. Nsuro wɔn anim, na wo deɛ, mɛdi w’akyi, na mɛgye wo, AWURADE asɛm nie. Na AWURADE tenee ne nsa kaa m’ano. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Afei mede me nsɛm mahyɛ w’anomu. Hwɛ, ɛnnɛ da yi mede wo asi amanaman ne ahennie ahodoɔ so, na woatutu na woabubu, na woasɛe na woabutu, na woasi na woatɛ nso. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Yeremia, ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Mehu sorɔno abaa bi. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Woahunu ampa; na merekanyan me ho m’asɛm ho, na mayɛ. Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn ne mprenu so sɛ: Ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Ɛsɛn a ɛrehuru na mehunu, na ɛpue atifi fam. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Atifi fam nso na mmusuo bɛfiri aba asase no sofoɔ nyinaa soɔ. Na hwɛ, mɛfrɛ atifi fam ahennie mmusua nyinaa, AWURADE asɛm nie, na wɔn nyinaa aba de wɔn adwa abɛsisi Yerusalem aponkɛseɛ ano, ne n’afasuo nyinaa ho ahyia, ne Yuda nkuro nyinaa ho. Na mabu wɔn wɔn bɔne nyinaa ho atɛn, sɛ wɔagya me, na wɔahye aduhwam ama anyame foforɔ, na wɔakoto asɔre wɔn nsa ano nnwuma. Enti wo deɛ, bɔ w’abɔsoɔ; na sɔre ka deɛ mɛhyɛ woɔ nyinaa kyerɛ wɔn. Mma wo ho mmpopo wɔ wɔn anim, na mamma wo ho ampopo wɔ wɔn anim. Na me deɛ, hwɛ, ɛnnɛ mede wo mayɛ kuro a ɛyɛ den ne dadeɛ dum ne kɔbere mfrafraeɛ afasuo atia asase nyinaa: Yuda ahemfo, wɔn asafohene, wɔn asɔfoɔ ne asase no so nkurɔfoɔ. Na wɔne wo bɛdi ako, nanso wɔrentumi wo, ɛfiri sɛ meka wo ho, na mɛgye wo, AWURADE asɛm nie.
26-417734564515f2f822e56d804e16cdae.mp3
Na sɛ wonya duru asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no so na wofa tena so a, fa so aduadeɛ a wobɛnya no w’asase a ɔde rema woɔ no soɔ no nyinaa so aduanekan no bi gu kɛntɛn mu, na fa kɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ sɛ ne din ntena no, na kɔ ɔsɔfoɔ a ɔwɔ so saa berɛ no nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Mepae mu nnɛ mekyerɛ AWURADE wo Nyankopɔn sɛ maduru asase a ɔkaa yɛn nananom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no so. Na ɔsɔfoɔ no nnye kɛntɛn no mfiri wo nsam mfa nsi AWURADE wo Nyankopɔn afɔrebukyia no anim. Na gye so ka no AWURADE wo Nyankopɔn anim sɛ: Na m’agya yɛ Aramni a anka ɔkyinkyini, na ɔde nnipa kakraa bi na ɛsiane kɔɔ Misraim kɔyɛɛ hɔ hɔhoɔ, na ɔyɛɛ ɔman kɛseɛ a wɔyɛ den na wɔdɔreeɛ wɔ hɔ; na Misraimfoɔ yɛɛ yɛn bɔne na wɔhyɛɛ yɛn so na wɔde ɔsom denden too yɛn so; na yɛsu frɛɛ AWURADE yɛn nananom Nyankopɔn, na ɔtiee yɛn nne, na ɔhunuu yɛn mmɔborɔ a yɛyɛ, yɛn haw ne yɛn ahodwan. Na AWURADE de nsa a ɛyɛ den ne basa a watene mu ne ahodwirideɛ akɛseɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yii yɛn firii Misraim bae. Na ɔde yɛn aba ha yi de asase yi ama yɛn, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ. Na afei, hwɛ, mede asase a wo, AWURADE, de ama me no so aduanekan maba; na fa si AWURADE wo Nyankopɔn anim, na sɔre n’anim, na gye w’ani adepa a AWURADE wo Nyankopɔn de ama wo ne wo fie no nyinaa ho, wo ne Lewini ne ɔhɔhoɔ a ɔwɔ wo mu no. Sɛ wowie wo nnɔbaeɛ mu ntotosoɔ du du nyinaa yiyi, afe a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛne ntotosoɔ du du ma afe no mu, na wode ama Lewini ne ɔhɔhoɔ ne awisiaa ne okunafoɔ ama wɔadi no wo kuro apono mu amee a, ɛnneɛ ka no wɔ AWURADE wo Nyankopɔn anim sɛ: Mayi akronkronneɛ afiri me fie, na mede mama Lewini ne ɔhɔhoɔ ne awisiaa ne okunafoɔ nso, sɛdeɛ wo mmara a woahyɛ me no nyinaa teɛ, mamfom wo mmara nsɛm no na me werɛ amfi; mennii bi m’awerɛhoɔ mu, na menyii bi berɛ a me ho nteɛ, na memfaa bi memmaa owufoɔ biara. Matie AWURADE me Nyankopɔn nne, na mayɛ sɛdeɛ woahyɛ me no nyinaa. Firi wo tenabea kronkron ɔsoro brɛ w’ani ase hwɛ, na hyira wo man Israel ne asase a wode ama yɛn, sɛdeɛ wokaa yɛn nananom ntam no, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ. Ɛnnɛ da yi AWURADE wo Nyankopɔn rehyɛ wo sɛ: Yɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ yi, na fa w’akoma ne wo kra nyinaa di so na yɛ. Ɛnnɛ woaka no AWURADE ho sɛ ɔbɛyɛ wo Nyankopɔn, na woanante n’akwan so, na woadi n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ so, na woatie ne nne. Na AWURADE nso aka no wo ho nnɛ sɛ wobɛyɛ ɔno ara ne man, sɛdeɛ wahyɛ wo bɔ no, na woadi ne mmara nsɛm nyinaa so, na wama wo so akyɛne amanaman a ɔyɛɛ wɔn no nyinaa, de wo ayɛ ayeyie ne din ne animuonyam, na woayɛ ɔman kronkron ama AWURADE wo Nyankopɔn sɛdeɛ ɔkaeɛ no.
102-f7b3cda3816d3a46a359a5aa1965c897.mp3
Ao, AWURADE, tie me mpaebɔ, na ma me sufrɛ nnuru w’anim. Nyi w’anim nhunta me, da a me ho hia me no, brɛ w’aso ase ma me, da a mesu mefrɛ no, yɛ ntɛm gye me so. Na me nna hi sɛ wisie, na me nnompe adɔ sɛ mmukyia. M’akoma abo na akusa sɛ ɛfan, na m’ani apa m’aduanedie so. M’apinisie nne nti me nnompe afemfam me wedeɛm. Mete sɛ ɛserɛ so nantwinoma, mayɛ sɛ amamfo so patuo. Mesiri pɛ, mete sɛ apatuprɛ a ɔno nko si ɛdan atifi. Da mu nyinaa m’atamfoɔ bɔ me ahohora, wɔn a wɔbɔ me so dam de me yɛ ntanka. Na madi nso sɛ aduane, na mede esu mafra m’anonneɛ mu. Ɛnam w’abufuo ne w’anibereɛ so nti, na womaa me soɔ, na woato me atwene. Me nna te sɛ sunsum a ɛretwam, na me deɛ, mekusa sɛ ɛfan. Na wo, AWURADE deɛ, wowɔ hɔ daa, na wo nkaeɛ kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. Wobɛsɔre abɛhunu Sion mmɔbɔ, na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wodom no ni, na ɛberɛ no adu. Na wo nkoa wɔ n’aboɔ ho akoma, na wɔn yam hyehye wɔn, ne mfuturo ho. Na amanaman bɛsuro AWURADE din, na asase so ahemfo nyinaa asuro w’animuonyam, sɛ AWURADE akyekyere Sion, wayi ne ho adi n’animuonyam mu, wadane n’ani akyerɛ onnibie mpaebɔ, na wampo wɔn mpaebɔ. Wɔbɛtwerɛ yei ama nkyirimma, na ɔman a wɔbɛbɔ wɔn no bɛyi AWURADE ayɛ, sɛ wafiri ne soro kronkron hɔ abrɛ n’ani ase ahwɛ fam, AWURADE firi soro na ahwɛ asase, sɛ ɔbɛtie apokyerɛfoɔ apinisie, na wasane owuo mma, na wɔabɔ AWURADE din Sion, na wɔaka n’ayeyie Yerusalem, da a aman bɛbom aboaboa wɔn ho ano ne ahennie, sɛ wɔbɛsom AWURADE. Wago me tumi mu ɔkwan mu, watwa me nna so. Meka sɛ: Me Nyankopɔn, mmu me nna mu mfa me, wo mfeɛ kyɛre kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. Tete nteredee na wohyɛɛ asase aseɛ, na ɔsoro ne wo nsa ano adwuma. Ɛno deɛ, ɛbɛsɛe, na wo deɛ, wotim hɔ daa. Wɔn nyinaa bɛsu sɛ atadeɛ, wobɛsakyera wɔn sɛ atadeɛ, na wɔasakyera. Na wone wo ara, na wo mfeɛ rensa da. Wo nkoa mma bɛtena ase, na wɔn asefoɔ atim w’anim.
11-67d5bfb09bd9aa4ca918b56a78a5b421.mp3
Na honhom no maa me so de me kɔɔ AWURADE fie no apueeɛ fam ponkɛseɛ a ɛkyerɛ apueeɛ no ano; na hwɛ, na mmarima aduonu nnum gyina ɔponkɛseɛ no ano, na mehunuu Asur ba Yaasania ne Benaia ba Pelatia, ɔman no mu mmapɔmma no, wɔ wɔn mu. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, yeinom ne mmarima a wɔdwene abususɛm na wotu fo bɔne, kuro yi mu. Wɔse: Berɛ a wɔde sisi adan mpinkyɛnee. Kuro yi ne ɛsɛn no, na yɛne nam no. Ɛno nti, hyɛ wɔn ho nkɔm, hyɛ nkɔm, onipa ba! Na AWURADE honhom tɔɔ me so, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ka, sɛ AWURADE seɛ nie: Saa na moka, Israel fie, na deɛ ɛba mo adwene mu no, me deɛ, menim. Moama mo atɔfoɔ adɔɔso kuro yi mu, na mode atɔfoɔ funu ahyehyɛ emu mmorɔno so ma ma. Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mo atɔfoɔ a mode agugu mu no, wɔne nam no, na kuro no ne ɛsɛn no, na mo deɛ, wɔbɛyi mo afiri mu. Nkrantɛ na mosuro, nso nkrantɛ ara na mede bɛba mo soɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Na mɛyi mo afiri mu, na mede mo mahyɛ ananafoɔ nsa, na mɛbu mo atɛn. Nkrantɛ ano na mobɛtotɔ, Israel hyeɛ so na mɛbu mo atɛn, na moahunu sɛ mene AWURADE. Kuro no renyɛ mo ɛsɛn, na mo nso morenyɛ mu nam; Israel hyeɛ so na mɛbu mo atɛn, na moahunu sɛ mene AWURADE a moanni m’ahyɛdeɛ soɔ, na moanyɛ m’atemmudeɛ, na amanaman a wɔatwa mo ho ahyia no atemmudeɛ so na modiiɛ. Na ɛbaa sɛ merehyɛ nkɔm no, Benaia ba Pelatia wui. Ɛnna mede m’anim butuu fam de nne kɛseɛ suu sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, wie na worewie Israel nkaeɛ koraa? Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Onipa ba, wo nuanom, wo nuanom mpo ne w’abusuafoɔ, ne Israel fie mu nyinaa, ne Yerusalemfoɔ na ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfiri AWURADE ho nkɔ akyirikyiri, yɛn na wɔde asase yi ama yɛn sɛ yɛnni soɔ. Ɛno nti ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛwom sɛ mede wɔn kɔɔ akyirikyiri, amanaman mu, na mebɔɔ wɔn petee nsase so deɛ, nanso mayɛ wɔn kronkronbea kakra, nsase a wɔakɔ soɔ no so. Ɛno nti ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛboa mo ano afiri aman mu, na matase mo afiri nsase a wɔabɔ mo apete soɔ no so, na mede Israel asase no mama mo, na wɔbɛba hɔ abɛyi emu atantanneɛ nyinaa ne emu akyiwadeɛ nyinaa afiri mu akɔ. Na mɛma wɔn akoma korɔ, na mede honhom foforɔ mahyɛ wɔn mu, na mayi ɔboɔ akoma no afiri wɔn honam mu, na mama wɔn honam akoma, na wɔanante m’ahyɛdeɛ mu, na wɔadi m’atemmudeɛ so ayɛ, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn. Na wɔn a wɔn akoma di wɔn atantanneɛ ne wɔn akyiwadeɛ akyire no deɛ, mede wɔn kwan bɛbua wɔn atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Ɛnna Kerubim no memaa wɔn ntaban soɔ, na nkyimiiɛ no di wɔn nkyɛnmu, na Israel Nyankopɔn animuonyam no wɔ wɔn so wɔ soro. Na AWURADE animuonyam no maa ne ho so firii kuro no mu, na ɛkɔgyinaa bepɔ a ɛda kuro no anim no so. Na honhom no maa me so de me kɔɔ Kaldea, atukɔfoɔ no nkyɛn, anisoadehunu mu, Nyankopɔn honhom mu. Na adeɛ a mehunuiɛ no firii me so kɔɔ soro. Na mekaa AWURADE nsɛm a ɔmaa mehunuiɛ no nyinaa kyerɛɛ atukɔfoɔ no.
64-fa383d6ab92452fef2d3eeebabd8ca30.mp3
Onyankopɔn, tie me nne, m’abooboo mu, bɔ me nkwa ho ban, na ɔtamfoɔ ammɛyi me hu. Fa me hunta firi nnipa bɔne kokoam agyinatuo ho, firi amumuyɛfoɔ gyegyeegye ho. Wɔn na wɔse wɔn tɛkyerɛma ano sɛ afena, wɔkuntunu tadua mu rebɛto wɔn mmɛmma, ɛne nsɛm fo, sɛ wɔbɛto abɔ deɛ ɔyɛ pɛ no kokoam, wɔto bɔ no mpofirim, na wɔnsuro. Wɔhyɛ wɔn asɛmmɔne mu den, wɔkeka sɛ wɔbɛhunta asum fidie, wɔka sɛ: Hwan na ɔbɛhu yɛn? Wɔbɔre hwehwɛ amumuyɛ, wɔawie wɔn tirim pɔ no, wɔabɔre abɔre, na onipa tirim ne n’akomam dɔ. Na Onyankopɔn bɛto bɛmma abɔ wɔn, wɔbɛpira mpofirim, na wɔbɛhwe ase, na wɔn tɛkyerɛma so asɛm abua wɔn atifi, wɔn a wɔhu wɔn nyinaa ho bɛpopo. Na nnipa nyinaa bɛsuro, na wɔaka Nyankopɔn adwuma, na wɔahunu ne nneyɛɛ mu. Ɔteneneeni ani bɛgye AWURADE ho, na wadwane akɔtoa no, na akoma mu teefoɔ nyinaa bɛhyehyɛ wɔn ho.
15-2365a35a024286f633bdb24a6d75553c.mp3
Mene nokorɛ bobe no, na m’Agya ne okuafoɔ no. Me ho ban biara a ɛnso aba no, ɔyi; na ebiara a ɛso aba no, ɔyiyi ho, na aso aba bebree. Asɛm a maka makyerɛ mo no nti, mo ho anya afi. Montena me mu, na me nso mentena mo mu: Sɛdeɛ ban ntumi mfiri ɔno ara mu nso aba gye sɛ ɛtena bobe no mu no, saa ara nso na montumi, gye sɛ motena me mu. Mene bobe no, mone mman no. Deɛ ɔtena me mu na me nso metena ne mu no, ɔno ara na ɔso aba pii; na mokwati me a, montumi nyɛ hwee. Sɛ obi antena me mu a, wɔto no twene sɛ ban, na ɛwu; na wɔboaboa ano de kɔgu gya mu, na ɛhye. Sɛ motena me mu, na me nsɛm tena mo mu a, mobɛsrɛ biribiara a mopɛ, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo. Yei mu na wɔahyɛ m’Agya animuonyam, sɛ moso aba pii; ɛno na mobɛyɛ m’asuafoɔ. Sɛdeɛ Agya no adɔ me no, na me nso madɔ mo; montena me dɔ mu! Sɛ modi m’ahyɛdeɛ so a, mobɛtena me dɔ mu, sɛdeɛ madi m’Agya ahyɛdeɛ soɔ na mete ne dɔ mu no. Maka yeinom nyinaa makyerɛ mo, na m’anigyeɛ atena mo mu, na mo anigyeɛ awie pɛyɛ. Yei ne m’ahyɛdeɛ, sɛ monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔɔ mo no. Obi nni dɔ kɛseɛ a ɛsene yei, sɛ obi de ne nkwa bɛto hɔ ama ne nnamfo. Sɛ moyɛ deɛ mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo. Memfrɛ mo nkoa bio, ɛfiri sɛ akoa nnim deɛ ne wura reyɛ; na mafrɛ mo nnamfo, ɛfiri sɛ nnoɔma a mate no m’Agya nkyɛn nyinaa maka makyerɛ mo. Ɛnyɛ mo na moayi me, na me na mayi mo, na mede mo masi hɔ sɛ monkɔ, na monkɔso aba, na mo aba no ntena hɔ, na biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde ama mo. Yei na mehyɛ mo, sɛ monnodɔ mo ho. Sɛ wiase tane mo a, monhunu sɛ watane me kane ansa na ɛretane mo. Sɛ mofiri wiase a, anka wiase bɛdɔ ɔno ara ne deɛ; na sɛ momfiri wiase na mayi mo afiri wiase yi, yei nti na wiase tane mo. Monkae asɛm a meka mekyerɛɛ mo sɛ: Akoa nsene ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso; sɛ wɔadi m’asɛm so a, wɔbɛdi mo deɛ so bi. Na yeinom nyinaa, me din nti na wɔde bɛyɛ mo, ɛfiri sɛ wɔnnim deɛ ɔsomaa me no. Sɛ mamma mammɛka mankyerɛ wɔn a, anka wɔnni bɔne; na afei deɛ, wɔnni wɔn bɔne ho anoyie. Deɛ ɔtane me no tane m’Agya no nso. Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ da wɔ wɔn mu a, anka wɔnni bɔne; na afei deɛ, wɔahunu, nanso wɔatane me ne m’Agya. Na ɛyɛɛ hɔ, na asɛm a wɔatwerɛ no wɔn mmara mu no aba mu sɛ: Wɔtane me kwa. Na Okyigyinafoɔ a mɛsoma no mabrɛ mo afiri Agya no nkyɛn, nokorɛ Honhom a ɔfiri Agya no nkyɛn reba no, sɛ ɔnya ba a, ɔno na ɔbɛdi me ho adanseɛ; na mo nso mobɛdi adanseɛ, ɛfiri sɛ moka me ho firi mfitiaseɛ.
20-671afd01af56b35a357b48dec7ef363a.mp3
AWURADE ntie wo hiada, Yakob Nyankopɔn din mmɔ wo ho ban, ɔmfiri kronkron mu hɔ mmɛboa wo, na ɔmfiri Bepɔ Sion mmɛhyɛ wo den. Ɔnkae w’aduane afɔdeɛ nyinaa, na wo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ n’ani. Ɔmma wo deɛ w’akoma pɛ, na ɔmma wo tirim asɛm nyinaa mmra mu. Ma yɛmmɔ ose wɔ wo nkonimdie ho, na yɛn Nyankopɔn din mu na yɛhim yɛn frankaa: AWURADE mma deɛ wosrɛ nyinaa mmra mu. Afei mahunu sɛ AWURADE boa deɛ wasra no no, ɔgye no so, ne soro kronkronbea hɔ, ɔde ne nifa ahoɔdenneɛ gye no. Ebinom kamfo nteaseɛnam, na ebinom kamfo apɔnkɔ, na yɛn deɛ, yɛkamfo AWURADE yɛn Nyankopɔn din. Wɔn deɛ, wɔbubu duedue so hwehwe ase, na yɛn deɛ, yɛasɔre gyina hɔ kyirebenn. AWURADE, gye ɔhene nkwa. Ɔbɛtie yɛn, da a yɛfrɛ no yi ara mu.
19-e26b53c407a6138939bedcd6d9a13a71.mp3
Ohiani a ɔnam ne pɛyɛ mu yɛ sene deɛ ɔkyea n’anomu nsɛm na ɔyɛ kwasea. Ɔkra a nimdeɛ abɔ no nyɛ, na deɛ ne nan ase yɛ herɛ no yɛ bɔne. Onipa agyimisɛm kyinkyim ne kwan, na n’akoma huri tia AWURADE. Ahonya ma obi nya nnamfo pii, na mmɔborɔni ne ne yɔnko ntam tete. Ɔdansekurumfoɔ ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ, na deɛ ɔhu atorosɛm no rennya adwaneyɛ. Nnipa pii dɛfɛdɛfɛ ɔdɛɛfoɔ, na nnipa nyinaa yɛ ɔyamyiefoɔ nnamfo. Ohiani nuanom nyinaa tane no, na nkantom sɛ ne nnamfonom ne ne ntam rentwe, ɔde nsɛm ti wɔn a, ɔnto wɔn. Deɛ ɔnya nyansa no dɔ ne kra, deɛ ɔbu nhunumu no, ɔhunu papa. Ɔdansekurumfoɔ ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ, na deɛ ɔhu atorosɛm no bɛyera. Taamudie mfata ɔkwasea, na mprɛ ahe na akoa bɛdi mpanimfoɔ soɔ. Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuo ase, na mfomsoɔ ho twa yɛ no animuonyam. Ɔhene abufuo te sɛ gyata mmobom, na n’anisɔ te sɛ wira so bosuo. Ɔba kwasea yɛ n’agya mmusuo, na ɔbaa ntɔkwako yɛ daa nsuo a ɛsosɔ. Efie ne ahodeɛ yɛ agyanom awunnyadeɛ, na ɔyere nimdefoɔ firi AWURADE. Aniha yɛ nnahɔɔ, na onipa kwadwofoɔ bɛdi kɔm. Deɛ ɔkora mmara asɛm no kora ne kra, na deɛ ɔnhwɛ n’akwan yie no bɛwu. Deɛ ɔhunu mmɔborɔni mmɔborɔ de fɛm AWURADE, na deɛ ɔde ama no, ɔbɛhyɛ no ananmu. Anidasoɔ wɔ hɔ yi, tea wo ba, na mmɔ wo tirim sɛ wobɛku no. Deɛ n’abufuo so no bɛnya asotwe, na sɛ wogyaa no a, wobɛsane agyaa no bio. Tie afotuo na gye atenetene, na woahunu nyansa w’akyirinna mu. Adwene pii wɔ onipa akoma mu, nanso AWURADE agyinatuo na ɛbɛgyina. Onipa adɔeɛyɛ na ɛma wɔdɔ no, na ohiani yɛ sene ɔtorofoɔ. AWURADE suro de obi kɔ nkwa mu, deɛ ɔkura mu no bɛmee ada, na bɔne biara renka no. Ɔkwadwofoɔ de ne nsa to ayowa mu, na ɔnsane mfa nkɔ n’anomu mpo. Bɔ ɔfɛdifoɔ, na atetekwaa ani bɛte, na ka nhunumufoɔ anim, na wahunu nimdeɛ mu. Deɛ ɔbɔ n’agya atirimuɔden na ɔpamo ne na no yɛ aniwuo ne ahohora ba. Me ba, wogyae atenetene tie a, wobɛfom afiri nimdeɛ nsɛm ho bio. Ɔdansehuhuni di atemmuo ho fɛw, na abɔnefoɔ ano mene mmusuo. Wɔasiesie atemmuo ama afɛdifoɔ ne mmaabɔ ama nkwaseafoɔ akyi.
21-b100fa31fef3c5593c4e44134bfa8f35.mp3
Na Dawid baa Nob Ɔsɔfoɔ Ahimelek nkyɛn. Na Ahimelek de ahopopoɔ bɛhyiaa Dawid, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wo nko ara wonam na onipa biara nka wo ho yi? Na Dawid ka kyerɛɛ Ɔsɔfoɔ Ahimelek sɛ: Ɔhene ahyɛ me asɛm bi die, na waka akyerɛ me sɛ: Mma obiara nnhunu adekodeɛ a meresoma wo ho ne deɛ mahyɛ woɔ no ho biribiara; na mmeranteɛ no nso, mahyɛ wɔn sɛ wɔnkɔ baabi. Na afei, ɛdeɛn na ɛwɔ wo nsam? Ma me paanoo nnum anaa biribiara a wobɛnya. Na ɔsɔfoɔ no buaa Dawid sɛ: Paanoo hunu biara nni me nsam, sɛ paanoo kronkron na ɛwɔ hɔ; sɛ mmeranteɛ no akora wɔn ho afiri mmaa ho nko a! Na Dawid buaa see ɔsɔfoɔ no sɛ: Ampa, wɔmma mmaa mmɛn yɛn berɛ biara a yɛrekɔ akɔdi dwuma bi no; na mmeranteɛ no adeɛ ho te, na nkantom nnɛ a ɛsɛ sɛ wɔn adeɛ ho teɛ yi. Ɛnna ɔsɔfoɔ no de akronkronneɛ no maa no, ɛfiri sɛ na paanoo biara nni hɔ sɛ Kyerɛ paanoo a wɔyi firi AWURADE anim de paanoohyeɛ bɛgu hɔ da a wɔyiiɛ no. Nso na Saulo nkoa mu nipa bi wɔ hɔ da no, a wɔato no mu AWURADE anim, ne din de Doeg, Edomni a ɔyɛ Saulo mmoahwɛfoɔ mu panin. Na Dawid ka kyerɛɛ Ahimelek sɛ: Pea anaa nkrantɛ biara nni wo nsam ha? Na me nkrantɛ ne me nnoɔma mpo mamfa mankura, ɛfiri sɛ ɔhene asɛm no, wɔpɛ no ntɛm. Na ɔsɔfoɔ no kaa sɛ: Filistini Goliat a wokum no Ela bonhwa mu no nkrantɛ, hwɛ, ɛno na wɔabobɔ no ntoma mu da asɔfotadeɛ no akyire no, ɛno na wobɛfa a, fa, na foforɔ biara nni ha sɛ ɛno. Na Dawid kaa sɛ: Ebi nte sɛ ɛno, fa ma me! Na Dawid sɔre dwanee da no Saulo anim, na ɔkɔɔ Gathene Akis nkyɛn. Na Akis nkoa ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɛnyɛ Dawid, asase no so hene no nie? Ɛnyɛ oyi na wɔtoo ne ho dwom asa mu kaa sɛ: Saulo akum n’apem, na Dawid akum ne mpem du no? Na Dawid de nsɛm yi siee n’akoma mu, na ɔsuroo Gat hene Akis anim sɛ. Na ɔsakyeraa ne suban wɔn anim, na ɔboapa yɛɛ ne ho bɔdamfoɔ wɔn nsam, na ɔwerɛwerɛɛ kuro no apono nta ho, na ɔmaa ne ntasuo sinsianee n’abɔgyesɛ mu. Ɛnna Akis ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Hwɛ, mohunu sɛ onipa yi abɔ dam, na adɛn nti na mode no abrɛ me? Abɔdamfoɔ abɔ me na mode oyi aba sɛ ɔmmɛdi me so abɔdansɛm yi? Oyi mmra me fie anaa?
20-a4205f9fe0cd25da14bb6a7b96c45d73.mp3
Na mehunuu ɔbɔfoɔ bi a ɔfiri soro resiane a ɔkura ebunu no ano safoa ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛseɛ bi. Na ɔkyeree ɔtweaseɛ, ɔwɔ dada a ɔno ne Ɔbonsam ne Satan no, kyekyeree no mfirinhyia apem, na ɔtoo no twenee ebunu no mu, na ɔtoo mu, na ɔsɔɔ ano na wankɔdaadaa amanaman bio kɔsi sɛ mfirinhyia apem no bɛwie duro ansa; nanso ɛno akyiri no, ɛtwa sɛ wɔgyaa no kakra. Na mehunuu nhennwa bi, na wɔn a wɔtete soɔ no, wɔde atemmuo maa wɔn. Na mehunuu wɔn a Yesu adanseɛ ne Nyankopɔn asɛm nti wɔtwitwaa wɔn tire no akra, ne wɔn a wɔankoto aboa no anaa ne honi na wɔannye agyiraeɛ no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa soɔ no. Na wɔnyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirinhyia apem. (Na awufoɔ nkaeɛ no deɛ, wɔannya nkwa bio kɔsii sɛ mfirinhyia apem no twaa mu ansa.) Yei ne owusɔreɛ a ɛdi kan no. Nhyira ne kronkron ne deɛ ɔnya kyɛfa ɔsɔreɛ a ɛdi kan no mu. Saa nkurɔfoɔ no so na owuprenu no nni tumi, na mmom wɔbɛyɛ Nyankopɔn ne Kristo asɔfoɔ, na wɔne no bɛdi ahene mfirinhyia apem. Na sɛ mfirinhyia apem no wie duru a, wɔbɛsane Satan afiri n’afiase, na ɔbɛfiri adi akɔdaadaa amanaman a wɔwɔ asase afanan so, Gog ne Magog, akɔboaboa wɔn ano akɔ ɔsa, wɔn na wɔn ano dɔɔso sɛ mpoano anwea. Na wɔforo kɔgyinaa asase tɛtrɛtɛ no so, na wɔtwaa ahotefoɔ no ne kuro a wɔdɔ no no ho nsraban hyiae. Na egya firi soro guu fam bɛhyee wɔn. Na ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no, wɔtoo no twenee ogya ne sɔfe tadeɛ no mu, deɛ aboa no ne odiyifoɔ torofoɔ no wɔ, na wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ awia ne anadwo daa daa. Na mehunuu ahennwa fitaa kokuroo ne deɛ ɔte soɔ a asase ne ɔsoro dwane firii n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn. Na mehunuu awufoɔ, nketewa ne akɛseɛ, sɛ wɔgyinagyina ahennwa no anim; na wɔbuebuee nwoma mu. Na wɔbuee nwoma foforɔ bi a ɛyɛ nkwa nwoma no mu; na wɔnam nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma no mu no so bubuu awufoɔ atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ. Na ɛpo yii n’awufoɔ a ɛwɔ mu no mae, na Owuo ne Asamando yii awufoɔ a ɛwɔ mu no nso mae, na wɔbuu wɔn mu biara atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ. Na wɔtoo Owuo ne Asamando twenee ogya tadeɛ no mu. Yei ne owuprenu no. Na obiara a wɔanhu no sɛ wɔatwerɛ ne din wɔ nkwa nwoma no mu no, wɔtoo no twenee ogya tadeɛ no mu.
1-542e8b633f13842c35294b1983acbbd1.mp3
Yesu Kristo, [Nyankopɔn ba] asɛmpa no mfitiaseɛ. Sɛdeɛ wɔatwerɛ no wɔ Odiyifoɔ Yesaia nwoma no mu sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ adi w’anim ɔno na ɔbɛsiesie wo kwan. Obi nne reteam ɛserɛ so sɛ: Monsiesie Awurade kwan! Momma n’atempɔn ntene! Yohane ba bɛbɔɔ asu wɔ ɛserɛ so, na ɔkaa adwensakyera asubɔ a ɛde kɔ bɔne fakyɛ mu. Na Yuda asase sofoɔ nyinaa ne Yerusalemfoɔ firi kɔɔ ne nkyɛn, na wɔkaa wɔn bɔne maa no bɔɔ wɔn nyinaa asu, Asubɔnten Yordan mu. Na Yohane fira yoma nwi ntoma, ɛnna nwoma abɔsoɔ bɔ n’asene, na ɔdi ntutummɛ ne wiram woɔ. Na ɔpaee mu kaa sɛ: Deɛ ne ho yɛ den sene me di m’akyi reba a mensɛ sɛ mekoto mesane ne mpaboa homa. Me deɛ, mede nsuo na ɛbɔ mo asu, na ɔno deɛ, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu. Na ɛbaa sɛ nna no mu no, Yesu firi Nasaret a ɛwɔ Galilea bae, na Yohane bɔɔ no asu wɔ Asubɔntene Yordan mu. Na ɔfirii nsuo no mu no, ntɛm ara na ɔhunuu sɛ ɔsoro abue, na Honhom no resiane sɛ aburuburo aba ne soɔ. Na ɛnne bi firi soro baa sɛ: Wone me dɔba a wosɔ m’ani! Na amonom hɔ ara, Honhom no faa no ntɛm so kɔɔ ɛserɛ so. Na ɔdii ɛserɛ so hɔ adaduanan, na Satan sɔɔ no hwɛe, na ɔne mmoa na ɛwɔ hɔ, na abɔfoɔ bɛsomm no. Na wɔyii Yohane maeɛ akyiri no, Yesu baa Galilea bɛkaa Nyankopɔn ho asɛmpa kyerɛe. Na ɔkaa sɛ: Ɛberɛ no awie du, Nyankopɔn ahennie no abɛn. Monsakyera mo adwene, na monnye asɛmpa no nni. Na ɔnenam Galilea Po ho no, ɔhunuu Simon ne ne nua Andrea sɛ wɔregu asau ɛpo no mu; ɛfiri sɛ na wɔyɛ apofofoɔ. Na Yesu see wɔn sɛ: Mommɛdi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifoɔ. Na ntɛm ara wɔgyaa wɔn asau no hɔ bɛdii n’akyi. Na ɔfiri hɔ kɔɔ n’anim kakra no, ɔhunuu Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane sɛ wɔn nso wɔ kodoɔ mu retetɛ wɔn asau mu. Na ntɛm ara ɔfrɛɛ wɔn, na wɔgyaa wɔn agya Sebedeo ne apaafoɔ no kodoɔ no mu bɛdii n’akyi. Na wɔkɔduruu Kapernaum. Na homeda duruiɛ no, ntɛm ara ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛeɛ. Na ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn ahodwiri, ɛfiri sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛdeɛ ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ Atwerɛfoɔ no! Na ɛberɛ korɔ no ara, na onipa bi wɔ wɔn hyiadan no mu a ɔwɔ honhom fi, na ɔteaa mu sɛ: Ɛdeɛn na yɛne wo Yesu Nasareni wɔ yɛ? Wobaa sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim wo nipa ban, Onyankopɔn Hoteeni no. Na Yesu teateaa no sɛ: Mua w’ano na firi ne mu kɔ! Na honhom fi no maa no senseneeɛ, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu, na ɔfirii ne mu kɔeɛ. Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri maa wɔbisabisaa wɔn ho sɛ: Ɛdeɛn ni? Nkyerɛkyerɛ foforɔ! Ɔde tumi hyɛ ahonhom fi mpo na wɔtie no. Na ɛhɔ ara na ne ho asɛm firi trɛ kɔɔ Galilea nsase a atwa ho ahyia nyinaa so. Na wɔfirii hyiadan no mu no, ntɛm ara na wɔne Yakobo ne Yohane kɔɔ Simon ne Andrea fie. Na Simon asebaa afoɛ da hɔ, na ntɛm ara wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ no. Na Yesu ba bɛsɔɔ ne nsa maa no so, na foɛ no gyaee, na ɔfirii aseɛ somm wɔn. Na ɛduruu anwummerɛ a owia kɔtɔeɛ no, wɔde wɔn a wɔn ho nyɛ wɔn den ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne nyinaa brɛɛ no. Na kuro mu no nyinaa bɛkyeree so ɛpono no ano. Na ɔsaa nnipa bebree a wɔyare nyarewa ahodoɔ pii yadeɛ, na ɔtuu ahonhommɔne pii; na wamma ahonhommɔne no kwan sɛ wɔnkasa, ɛfiri sɛ na wɔnim no. Na ɔsɔree ahemadakye firii adi, na ɔkɔɔ ɛserɛ so baabi kɔbɔɔ mpaeɛ wɔ hɔ. Na Simon ne wɔn a wɔka ne ho no tii no; na wɔhunuu no no, wɔsee no sɛ: Nnipa nyinaa rehwehwɛ wo. Na ɔsee wɔn sɛ: Momma yɛnkɔ nkuro a ɛdeda hɔ no mu, na menkɔka asɛmpa no ɛhɔ nso; na yei nti na mebaeɛ. Na ɔkɔ kɔkaa asɛm no wɔ wɔn hyia adan mu wɔ Galilea nyinaa, na ɔtuu ahonhommɔne. Na ɔkwatani bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no, na ɔkotoo no, see no sɛ: Sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi. Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔtenee ne nsa kaa no, na ɔsee no sɛ: Mepɛ, wo ho mfi. Na ntɛm ara, kwata no firii ne ho, na ne ho firiiɛ. Na Yesu baraa no dendeenden, na ɔmaa no firii adi ntɛm ara. Na ɔsee no sɛ: Hwɛ, nka asɛm biara nkyerɛ obiara, na kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ na w’ahofire nti, kɔma deɛ Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ adanseɛ mma wɔn! Na ɔno deɛ, ɔfirii adie no, ɔfitii aseɛ kekaa no pii, na ɔmaa asɛm no trɛe, ɛno nti Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kuro biara mu bio; na mmom ɔtenaa ɛserɛ so hɔnom baabi, na wɔfiri mmaa nyinaa baa ne nkyɛn.
2-5a2232b4f24fdf35d1657a91d947b324.mp3
Nso yɛsrɛ mo, anuanom, sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo ba ne yɛn ano a wɔbɛboa aba ne nkyɛn no ho deɛ, mommma wɔnnnane mo adwene ntɛm, na wɔnntu mo bo honhom anaa asɛm anaa nwoma a wɔse ɛfiri yɛn nkyɛn no ho, sɛ ebia Awurade da no anya adu. Mommma obiara nnnaadaa mo biribiara fam, ɛfiri sɛ ɛremma, gye sɛ ɔwaeɛ a wɔbɛwaeɛ no aba ansa, na wɔayi onipa a ɔnni mmara so no adi, ɔsɛeɛ ba no. Deɛ ɔsɔre na ɔma ne ho so tia deɛ wɔfrɛ no Onyankopɔn anaa wɔsom nyinaa, ma ɔno ara kɔtena Nyankopɔn asɔredan mu de ne ho kyerɛ sɛ ɔno ne Onyankopɔn. Monkae sɛ mewɔ mo nkyɛn no, mekaa mo yeinom anaa? Na afei, deɛ ɛsi kwan no, monim sɛ wɔbɛyi no adi ne berɛ mu. Na mmarato ahuntasɛm no anya reyɛ adwuma, nanso gye sɛ wɔayi deɛ ɔda so si kwan no afiri ntam ansa. Na ɛno ansa na wɔbɛyi deɛ ɔnni mmara biara no adie, deɛ Awurade de n’anomu home bɛkum no na ɔde ne ba no pue bɛyi no hɔ koraa no. Ɔno nso na ne ba no, ɔba no Satan adwumayɛ soɔ, atorɔ tumi ne nsɛnkyerɛnneɛ ne ahodwirideɛ nyinaa mu, ne deɛ ɛntene nnaadaa nyinaa mu, wɔn a wɔyera no mu, ɛsiane sɛ wɔannye nokorɛ dɔ na wɔde agye wɔn nkwa no. Yei nti, Onyankopɔn soma nnaadaa a emu yɛ den aba wɔn mu ama wɔagye atorɔ adi, na wɔabu wɔn a wɔannye nokorɛ annie na mmom wɔn ani asɔ deɛ ɛntene no nyinaa atɛn. Na yɛn deɛ, mo nti ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa, anuanom a Awurade dɔ mo, ɛfiri sɛ Onyankopɔn firi mfitiaseɛ ayi mo kɔ nkwagyeɛ mu, honhom ahoteɛ ne nokorɛ gyidie mu. Emu na ɔnam yɛn asɛmpa no so afrɛ mo aba, na moanya yɛn Awurade Yesu Kristo animuonyam. Enti afei, anuanom, monnyina pintinn, na monkura atetesɛm a yɛnam asɛm anaa yɛn nwoma so kyerɛkyerɛɛ mo no mu. Na ɔno yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn Agya Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn na wama yɛn daa awerɛkyekyerɛ ne anidasoɔ pa adom mu no, ɔnkyekyere mo werɛ, na ɔnhyɛ mo den asɛm ne adwuma pa nyinaa mu.
29-6e67472840461c757212f5959d1419dd.mp3
Yei ne apam a AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfoɔ mpam Moab asase so nka apam a ɔne wɔn pamm Horeb ho no mu nsɛm no ho. Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara moahunu deɛ AWURADE yɛɛ Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase nyinaa mo ani so wɔ Misraim asase soɔ no nyinaa, nsɔhwɛ akɛseɛ a w’ani hunuiɛ, nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ akɛseɛ no. Nanso ɛde bɛsi nnɛ AWURADE mmaa mo saa akoma a ɛnim adeɛ, ani a ɛhunu adeɛ ne aso a ɛte asɛm. Na mama moanante ɛserɛ so mfirinhyia aduanan; mo ntoma nsuu mo ho, na wo mpaboa ntetee wo nan ase; moanni paanoo na moannom bobesa ne nsa biara, na moahunu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na moduruu ha yi no, Hesbon hene Sihon ne Basan hene Og firi ne yɛn bɛkoe, na yɛkumm wɔn; na yɛfaa wɔn asase de maa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manasefoɔ abusuakuo fa sɛ wɔnni so. Enti monhwɛ apam yi mu nsɛm nni so, na deɛ moyɛ nyinaa awie mo yie. Ɛnnɛ mo nyinaa mogyina AWURADE mo Nyankopɔn anim; mo atitire, mo mmusuakuo, mo mpanimfoɔ ne mo ahwɛfoɔ, Israel mmarima nyinaa; mo mma, mo yerenom ne wo hɔhoɔ a ɔwɔ wo nsraban mu, ɛfiri duabuni so kɔsi wo nsusafoɔ soɔ, sɛ wobɛhyɛne AWURADE wo Nyankopɔn apam ne ne nseɛ a ɔne wo repam na ɔredi nnɛ yi mu, sɛ nnɛ ɔde wo resi hɔ ayɛ ne man, na ɔno nso ayɛ wo Nyankopɔn, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ woɔ ne sɛdeɛ ɔkaa wo nananom Abraham, Isak ne Yakob ntam no. Na ɛnyɛ mo nko na me ne mo repam yi na meredi nseɛ yi, na mmom me ne wɔn a wɔne yɛn gyina AWURADE yɛn Nyankopɔn anim ha nnɛ yi ne wɔn a wɔne yɛn nni ha nnɛ yi. Na mo ara monim sɛdeɛ yɛtenaa Misraim asase soɔ, ne sɛdeɛ yɛtwaa amanaman a mofaa wɔn mu baeɛ no mu; na mohunuu wɔn akyiwadeɛ ne wɔn nnua ne aboɔ ne dwetɛ ne sika ahoni a ɛwɔ wɔn mu no; na monhwɛ yie, na ɔbarima bi anaa ɔbaa bi anaa abusua bi anaa abusuakuo bi antena mo mu a wɔn akoma redane nnɛ afiri AWURADE yɛn Nyankopɔn ho, sɛ worekɔ akɔsom amanaman no anyame no, na nhini bi antena mo mu a ɛso ɛborɔ ne ɔnwono; na sɛ ɔte nseɛ yi mu nsɛm no a, wanhyira ne ho n’akoma mu anka sɛ: Menam m’akoma denyɛ mu deɛ, nanso mɛnya asomdwoeɛ; na wɔansesa deɛ wanom ne deɛ sukɔm de no ammom. AWURADE rempene mfa nkyɛ no, na ɛno de AWURADE abufuo ne ne ninkuntwe bɛpunu onipa ko no, na nseɛ a wɔatwerɛ no nwoma yi mu no nyinaa bɛduru no, na AWURADE bɛpepa ne din afiri asase so. Na AWURADE bɛyi no afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu ama bɔne, sɛdeɛ apam a wɔatwerɛ no mmara nwoma yi mu no mu nseɛ no nyinaa teɛ. Na sɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba, mo mma a wɔbɛsɔre adi mo akyire, ne ɔnanani a ɔfiri akyirikyiri asase so bɛba no hunu asase yi haw ahodoɔ ne nyarewa a AWURADE de aba soɔ, sɔfe ne nkyene, hyeɛ a asase no nyinaa ahyeɛ a wɔnnua so adeɛ na ɛnsoɔ, na wira biara mfifiri soɔ, sɛ Sodom ne Gomora, Adma ne Seboim butuo a AWURADE de n’abufuo ne n’abufuhyeɛ butuiɛ no a, wɔbɛka ho asɛm, na amanaman nyinaa bɛka sɛ: Adɛn nti na AWURADE ayɛ asase yi seyie? Abufuo kɛseɛ hyehyeɛ yi yɛ deɛn? Na wɔbɛka sɛ: Ɛfiri sɛ wɔagya AWURADE wɔn nananom Nyankopɔn apam a ɔyii wɔn Misraim asase soɔ no, ɔne wɔn pameeɛ no, na wɔakɔ akɔsom anyame foforɔ na wɔasɔre wɔn, anyame a wɔnni wɔn na ɛnyɛ ɔno na ɔde wɔn maa wɔn. Na AWURADE abufuo dɛre tiaa asase yi maa no de nnome a wɔatwerɛ no nwoma yi mu nyinaa baa so; enti na watutu wɔn afiri wɔn asase soɔ abufuo ne aboɔhyeɛ ne abohuro kɛseɛ mu na wato wɔn agu asase bi soɔ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. Nnoɔma a ahunta yɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn dea, na deɛ wɔayi no adie no yɛ yɛn ne yɛn mma dea kɔsi daa, sɛ yɛnni mmara yi mu nsɛm nyinaa so.
7-0db34dea817a15f22d10560ca4305cf2.mp3
Din pa yɛ sene ngo a ne boɔ yɛ den, na owuda yɛ sene awoda. Efie a ayie wɔ mu korɔ yɛ sene efie a apontoɔ wɔ mu korɔ, ɛfiri sɛ ɛno yɛ nnipa nyinaa awieeɛ, na ɔteasefoɔ de hyɛ n’akomam. Awerɛhoɔ yɛ sene sereɛ, na anim mmɔbɔmmɔbɔyɛ mu na akoma nam nya suahunu. Anyansafoɔ akoma wɔ abooboodie fie, na nkwaseafoɔ akoma wɔ ahuhu fie. Onyansafoɔ animka tie yɛ sene sɛ obi tie nkwaseafoɔ dwontoɔ. Na sɛdeɛ nkasɛɛ turituri ɛsɛn aseɛ no, sɛ ɔkwasea sereɛ teɛ ne no; yei nso yɛ ahuhudeɛ. Aane, nhyɛsoɔ bɔ onyansafoɔ dam, na ayɛyɛdeɛ sɛe akoma. Asɛm awieeɛ yɛ sene ne mfitiaseɛ, ntoboaseɛ honhom yɛ sene ahomasoɔ honhom. Mma wo honhom mmpere abohuro ho, na nkwaseafoɔ kokom na abufuo teɛ. Nka sɛ: Adɛn na na akane nna no yɛ sene yeinom yi? Na ɛnyɛ nyansa so na wobisa yei aseɛ. Nyansa yɛ sɛ awunnyadeɛ, na ɛyɛ mfasoɔ ma wɔn a wɔhunu owia no. Na nyansa nwunu ase tena te sɛ sika nwunu ase tena, na nimdeɛ yɛ mfasoɔ, na nyansa gye ne wura nkwa. Hwɛ deɛ Onyankopɔn ayɛ. Na hwan na ɔbɛtumi atene deɛ ɔno akyea no? Da pa mu, ma w’ani nnye, na da bɔne mu, dwene ho; Onyankopɔn ayɛ yei nso aka ɛno ho, deɛ ɛbɛyɛ na onipa anhunu n’akyiri biribiara. Mahunu adeɛ nyinaa m’abrabɔ hunu nna mu: Ɔteneneeni bi wɔ hɔ a, ne tenenee nyinaa mu no, ɔyera firi hɔ, na ɔbɔnefoɔ bi nso wɔ hɔ a, ne bɔne nyinaa akyiri no, ɔtena ase kyɛre. Nyɛ wo ho ɔteneneeni bebrebe, na nyɛ onyansafoɔ ntra so: Adɛn nti na wosɛe wo ho? Mma abɔnefosɛm nnɔɔso na nyɛ ɔkwasea nso. Adɛn nti na wobɛbu wo berɛ mu awuo? Ɛyɛ sɛ wosɔ yei mu, na yei nso wonyi wo nsa mfiri ho. Na deɛ ɔsuro Onyankopɔn bɛfiri ne nyinaa mu. Nyansa hyɛ onyansafoɔ den sene atumfoɔ du a wɔwɔ kuro mu. Ampa ara, onipa tenenee biara nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne. Nso mfa w’akoma nsi nsɛm a wɔka nyinaa so, na woante sɛ w’akoa redome wo. Na w’akoma nim mprɛ bebree a wo nso wodomee ebinom. Mede nyansa masɔ yei nyinaa mahwɛ; mekaa sɛ: Mɛhunu nyansa; nso ɛne me ntam ware. Deɛ ɛwɔ hɔ wɔ akyirikyiri na ɛyɛ donkodonko, hwan na ɔbɛhunu? Mede m’akoma nso mekyinii sɛ mɛhunu na mapeepee mu na mahwehwɛ nyansa ne adwempa, na mahunu abɔnefosɛm sɛ ɔkwaseayɛ, ne nkwaseasɛm sɛ adammɔ. Na mahunu deɛ ɛyɛ nwono sene owuo: Ɔbaa a n’akomam wɔ fidie ne asau na ne nsa yɛ nhoma. Deɛ ɔsɔ Nyankopɔn ani bɛfiri ne ho afi, na ɔdebɔneyɛni deɛ, ɔbɛkye no. Hwɛ, yei na mahunu, Ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ, mefaa no mmaako mmaako, na manya ho mmuaeɛ. Deɛ me kra hwehwɛ bio nanso menhunuiɛ nie: Ɔbarima baako na mahu no apem mu, na ɔbaa deɛ, menhunuu bi, yeinom nyinaa mu. Hwɛ, yei nko na mehunuu sɛ: Onyankopɔn yɛɛ onipa tee, na wɔn ara na wɔhwehwɛ tirim adwene bebree.

Text-to-Speech Dataset

Downloads last month
0
Edit dataset card