Na mommfrɛ obiara mo agya asase so ; na obiako ne mo agya , ɔne nea ɔwɔ soro no . Na mo mu kɛse no nyɛ mo somfo . Yesu kae sɛ : “ Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho ! ” Wɔasesa edin a ɛwɔ asɛm yi mu no bi . Na awia ne anadwo wo nsa yɛɛ me so duru . ” Wɔasesa din a ɛwɔ saa asɛm yi mu no bi . Eyi ne mmara no mu kɛse ne nea edi kan . ” Dabi , Onyankopɔn ammɔ nnipa sɛ wɔn ankasa nni wɔn ho so , a ne mmoa nka ho . ‘ Wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu . ’ Yehowa Adansefo na wotintimii , nanso mprempren wɔagyae tintim . Merebɛyɛ ɔboafo ama no , ɔhokafo a ɔfata no . ” no ho mmuae tẽẽ ma . ( Kɔ BIBLE TEACHINGS > BIBLE QUESTIONS ANSWERED ) Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn din de Yehowa . W’apɛdeɛ nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro . ” Bible se “ agyimisɛm kyekyere abɔfra akoma ho . ” © 2016 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania Yɛde yɛ Bible nkyerɛkyerɛ adwuma wɔ wiase nyinaa . Nkurɔfo fi wɔn pɛ mu yi ntoboa de boa . Sɛ wopɛ sɛ wuyi ntoboa a , yɛsrɛ wo , kɔ www.jw.org / tw anaa Yehowa Adansefo Ahenni Asa so . Bible mu nsɛm a ɛwɔ nhoma yi mu nyinaa fi Kyerɛw Kronkron — Wiase Foforo Nkyerɛase no mu , gye sɛ yɛakyerɛ sɛ efi baabi foforo . Ɔkyerɛw wɔ atesɛm krataa The Wall Street Journal mu sɛ : “ Sɛ yɛreka a , ɛnnɛ paa na dadwen redokoro Amerikafo sen bere biara a atwam . ” Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ , na mene wo Nyankopɔn . Mɛhyɛ wo den . © 2017 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania “ Treneefo benya asase no adi , na wɔatena so daapem . ” ​ — Dwom 37 : 29 . © 2018 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania Yesu kae sɛ : “ Obi ntumi mma me nkyɛn , gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no . ” Yesu kae nso sɛ : “ Hwɛ , me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei . ” Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu ? Ɛnde , hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛm a edidi so yi a : ( b ) Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu ? ( b ) Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu ? Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu ? Morentumi nsom Onyankopɔn ne mamon [ ahonyade ] . ” Ɔsaa anifuraefo , mpakye , akwatafo , ne asotifo yare . Sɛnea “ tirimbɔ ” kyerɛ no , nea ntoboayi ahorow a ɛte saa yi hwehwɛ ankasa sɛ nea ɔde ma no bɔ ne tirim wɔ nneɛma bi ho . ( b ) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu ? Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu ? ( b ) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho ? Na mmoa a me honhom fam anuanom mmarima ne mmea ayɛ me no ama manya awerɛkyekye pii . Sɛ ɛte saa a , wofata nkamfo . Na migye midi ampa sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa atumfo anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa ahoɔden anaa ɔsoro anaa ebun anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no mu . ” ( b ) Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu ? ( b ) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu ? Na wobuee nhoma foforo mu ; ɛno ne nkwa nhoma no . □ Sɛ yewu a , yɛkɔ he ? Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu ? ( b ) Nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho ? Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu ? ( Kenkan Mateo 24 : 37 - 39 . ) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn mpaebɔ no ho adwuma . ( Monkenkan 2 Timoteo 3 : 1 - 5 , 13 . ) ( Monkenkan Dwom 40 : 8 - 10 . ) ( b ) Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ ? ( b ) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu ? ( Monkenkan Dwom 19 : 7 - 11 . ) ( Monkenkan Efesofo 5 : 15 , 16 . ) Honhom no ankasa ne yɛn honhom di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma . ” ( Monkenkan 1 Korintofo 10 : 13 . ) ( Monkenkan 2 Beresosɛm 34 : 1 - 3 . ) • Dɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ asase ? ( Monkenkan 1 Timoteo 6 : 17 - 19 . ) ( Monkenkan Yakobo 1 : 5 - 8 . ) ( Monkenkan 2 Korintofo 5 : 14 , 15 . ) ( Monkenkan Romafo 13 : 1 , 2 . ) ( Monkenkan 1 Korintofo 2 : 10 . ) ( Monkenkan 1 Korintofo 6 : 9 - 11 . ) ( Monkenkan 2 Korintofo 13 : 5 . ) ( Monkenkan 1 Korintofo 15 : 58 . ) “ Ná nnwuma pa ne adɔe ayɛ [ Dorka ] ma . ” Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu , na dɛn ntia ? ( Monkenkan Mmebusɛm 3 : 5 , 6 . ) ( Monkenkan Hebrifo 11 : 24 - 27 . ) “ Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa , na tumi wɔ mu . ” — HEB . So w’ani agye Ɔwɛn - Aban a aba nnansa yi akenkan ho ? ( Monkenkan 2 Korintofo 1 : 3 , 4 . ) ( Monkenkan Tito 2 : 3 - 5 . ) ( Monkenkan Romafo 7 : 21 - 23 . ) ( Monkenkan Yesaia 63 : 11 - 14 . ) ( Monkenkan Dwom 1 : 1 - 3 . ) ( Monkenkan Romafo 7 : 21 - 25 . ) ( Monkenkan 2 Petro 2 : 5 . ) ( Monkenkan Yesaia 48 : 17 , 18 . ) ( Monkenkan Efesofo 4 : 1 - 3 . ) ( Monkenkan Hebrifo 13 : 7 , 17 . ) Kyerɛw krataa ka ho fa kyerɛ sɛ wode nneɛma no akyɛ koraa . Wobetumi de address a ɛwɔ atifi hɔ no akyerɛw wɔn anaa wubetumi de telefon nɔma ( 030 ) 2712456 afrɛ wɔn . Sika a Wɔde Sie wɔ Sikakorabea : Obi betumi ayɛ nhyehyɛe de ne sika a ɛwɔ sikakorabea , anaa sika a sɛ ogyae adwuma a wobetua ama no no ama Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana anaasɛ sɛ owu a wɔatua ama wɔn , sɛnea ne man mu sikakorabea nhyehyɛe te . Adan ne Nsase : Obi betumi de adan anaa nsase a wotumi tɔn ama Yehowa Adansefo adwumayɛbea sɛ akyɛde koraa . ( Monkenkan Hebrifo 11 : 17 - 19 . ) Ɛtɔ da bi a , Bible de bepɔw gyina hɔ ma ahenni anaa aban . Agyanom , monnhyɛ mo mma abufuw na wɔn abam ammu . ” Sɛ wopɛ nsɛm pii a , hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa ? nhoma yi ti 3 . Yehowa Adansefo na wotintimii ( Monkenkan 2 Timoteo 1 : 7 . ) Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a , hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa ? nhoma yi ti 8 . Yehowa Adansefo na wotintimii ( Monkenkan 1 Tesalonikafo 5 : 1 - 6 . ) ( Monkenkan Luka 21 : 1 - 4 . ) ( b ) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu ? Afei momma wɔn a wɔwɔ Yudea mfi ase nguan nkɔ mmepɔw so , na momma wɔn a wɔwɔ kurow no mu no mfi mu nkɔ , na mommma wɔn a wɔwɔ nkuraase no mmma mu . ” Me Yehowa , mɛyɛ no ntɛm wɔ ne bere mu . ” ( Monkenkan Luka 10 : 29 - 37 . ) Nanso ebinom susuw sɛ wɔn ho nhia ahe biara wɔ asafo no mu . Na papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no de , nni bi , efisɛ da a wubedi bi no , owu na wubewu . ” ( Monkenkan Adiyisɛm 14 : 6 , 7 . ) ( Monkenkan 1 Tesalonikafo 2 : 13 . ) Na ɔde atɛntrenee bebu ahiafo atɛn na ɔde trenee ayi asase so ahobrɛasefo ntɛn . ” Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a , hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa ? nhoma yi ti 10 . Yehowa Adansefo na wotintimii . Ɔkaa sɛ : “ Meyɛ honam muni a wɔatɔn me ahyɛ bɔne aseɛ . Mɛboa wo . Mede me trenee nsa nifa beso wo mu denneennen . ” DƐN BIO NA BIBLE NO KA ? NSƐMMA NHOMA yi a ne din de Ɔwɛn - Aban no hyɛ Yehowa Nyankopɔn a ɔne Amansan Hene no anuonyam . Ɛka asɛmpa a ɛne sɛ , ɛrenkyɛ Onyankopɔn soro Ahenni no beyi nneɛma bɔne nyinaa afi hɔ , na ɛbɛma asase adan paradise ; ɛnam asɛmpa yi so kyekye nnipa werɛ . Nsɛmma nhoma yi ma nnipa nya Yesu Kristo mu gyidi . Ɔno na owui sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya daa nkwa , na seesei ɔno ne Onyankopɔn Ahenni no so hene . Yɛakɔ so atintim nsɛmma nhoma yi fi afe 1879 , na yɛmfa nyɛ amanyɔsɛm . Emu nsɛm nyinaa gyina Bible so . Ná mframa mfa Bebe ne ne papa ntam koraa . Enti wɔn adamfo bi a ɔpɛ Bebe asɛm kaa saa asɛm no sɛ ɔde rekyekye ne werɛ , nanso ɛno koraa na ɛberee ne kuru . Bebe kɔɔ so twaa agyaadwo kae sɛ , “ me papa awu ma ahaw me paa . ” Mfe bi akyi no , Bebe kyerɛw ne papa wu no ho asɛm wɔ nhoma bi mu . Nea ɔkae no ma yehu sɛ na ne papa wu no da so ara haw no . Bebe behui sɛ sɛ wo biribi wu a , ɛyɛ den sɛ wubegyae ɛho awerɛhodi , ɛnkanka obi a wo ne no bɔ kesua taforo . Enti sɛ Bible ka sɛ owu yɛ “ ɔtamfo a otwa to ” a , edi ka . Owu mmɔ nkae , na ɛwɔ tumi ankasa . Ampa owu da amansan kɔn mu . Yɛn adɔfo mpo , owu nhu wɔn mmɔbɔ . Enti sɛ yɛn biribi wu na yɛn ani yɛ yɛn totɔtotɔ a , ɛyɛ ne kwan so . Ebia woasusuw nsɛmmisa yi ho pɛn : ‘ Sɛ ade tɔ obi ani a , bere tenten ahe na obegyae ho awerɛhodi ? Mɛyɛ dɛn atumi akyekye wɔn a ade atɔ wɔn ani no werɛ ? Yɛn adɔfo a wɔawuwu no bɛsɔre bio anaa ? ’ Ɔyare bi abɔ wo pɛn ? Wo de , yɛnhwɛ nea agya panyin Abraham yɛe bere a ne yere wui no . Bible ka sɛ : “ Abraham fii ase gyam Sara na osuu no . ” * Yakob nso , bere a ne mma no daadaa no ma onyaa adwene sɛ aboa bi akyere Yosef awe no , odii awerɛhow “ nna pii , ” na obiara antumi ankyekye ne werɛ . Mfe pii twaam , nanso Yosef wu no amfi Yakob tirim . — Genesis 23 : 2 ; 37 : 34 , 35 ; 42 : 36 ; 45 : 28 . “ Me kunu Robert nyaa kar akwanhyia wui July 9 , 2008 . Me kunu wu no ayɛ me yaw paa ; mfe nsia atwam , nanso meda so ara di ho yaw wɔ me mu . Minnye nni sɛ me werɛ befi Rob da . ” — Gail ; wadi mfe 60 . “ Me yere wui no bɛyɛ mfe 18 ni , nanso meda so ara kae no , na midi ne wu no ho awerɛhow . Sɛ menam na m’ani bɔ biribi a ɛyɛ fɛ so a , na makae me yere . Ɛba saa a , nea meka ara ne sɛ , ‘ Ah me dɔfo wɔ he , ɔmmɛhwɛ ! ’ ” — Etienne ; wadi mfe 84 . Wei nyinaa ma yehu sɛ , sɛ wo biribi wu na wudi ho yaw kyɛ a , ne kwan so a . Sɛ ade tɔ yɛn ani a , ɛsono sɛnea obiara di ho awerɛhow , enti sɛnea obi yɛ ne de no , ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia . Afei ɛkɔba sɛ yedi awerɛhow ma ɛyɛ sɛ nea aboro so a , ɛnsɛ sɛ yɛte nka sɛ yɛayɛ bɔne . Mfe mmiɛnsa twaam , nanso na ɔda so ara di awerɛhow . — Genesis 24 : 67 . Afoforo nso ka sɛ , ɛsɛ sɛ wusu araa ma obiara hu sɛ asɛm bi ato wo ampa . Nanso sɛ wokan Bible a , wubehu sɛ afotu a ɛde ma no fata paa . Nhwehwɛmu a wɔayɛ nnansa yi ara mpo foa nea Bible aka so . Mmeae bi wɔ hɔ a wɔkyerɛ sɛ ɔbarima nsu . Wohwɛ a , saa asɛm no yɛ ampa ? Na sɛ wusu wɔ nnipa mu nso ɛ ? Adwene ho animdefo kyerɛ sɛ awerɛhodi de , ɛne su na ɛnam . Sɛ wotew nusu a , sɛnea yaw no te biara , nkakrankakra ebetumi abrɛ ase . Enti sɛ woka wo nusu hyɛ a , ebetumi adi wo awu . Adwene a ebinom kura sɛ ɔbarima nsu no , Bible mfoa so . Ná Yesu nim paa sɛ obetumi anyan n’adamfo no , nanso ogyinaa nnipadɔm mu suu no ! — Yohane 11 : 33 - 35 . Sɛ woredi awerɛhow a , wo bo mpo tumi fuw , ɛnkanka ne sɛ owu no aba mpofirim . Nneɛma bebree na etumi kɔfa abufuw no ba . Ebi ne sɛ obi a wubu no paa bɛka nsɛnhunu akyerɛ wo . Mike fi South Africa , na ɔka sɛ : “ Me papa wui no , na madi mfe 14 pɛ . Yɛreyɛ n’ayi no , Anglikan sɔfo bi kae sɛ nnipa pa nkyɛ na wɔawu ; Onyankopɔn na ɔfrɛ wɔn . * Nea ɔkae no hyɛɛ me abufuw paa efisɛ na yɛn papa ne yɛn biribiara . Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ , ‘ Biribi a ɛsɛ sɛ woyɛ a woanyɛ nti , na ɛma owui . ’ Mmom , ka ho asɛm kyerɛ obi a obetie wo . Ɔbɛboa wo ama woahu sɛ ɛnyɛ wo nko ara na wote nka saa . Bible ka sɛ : “ Ɔyɔnko berɛbo dɔ bere nyinaa ; ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da . ” — Mmebusɛm 17 : 17 . Wowɔ awerɛhow mu a , fa Yehowa Nyankopɔn , yɛn Bɔfo no adamfo , na ɔbɛkyekye wo werɛ . Bɔ mpae na ka wo komam asɛm nyinaa kyerɛ no , efisɛ ‘ odwen wo ho . ’ Wahyɛ yɛn bɔ nso sɛ , obiara a ɔka ne komam asɛm kyerɛ no no , ɔbɛma wanya “ Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so . ” Afei nso , awerɛkyekye nsɛm pii wɔ Onyankopɔn Asɛm Bible mu , enti sɛ wusua a wubenya awerɛkyekye . Jack adi mfe 40 , na nnansa yi ara na kansa kum ne yere yayaayaw . Ɔkyerɛ mu sɛ : “ Mebɔ mpae a , mihu sɛ Yehowa ka me ho . Edu anadwo a , m’ani taa tew kɛtɛ so , na mintumi nna bio . Ɛba saa a , mekenkan Bible mu nsɛm bi dwinnwen ho , na mebɔ mpae ka me komam asɛm kyerɛ Yehowa . Afei mihu sɛ me koma atɔ me yam na me ho adwo me fɔmm ; wei ma mitumi da . ” Ababaa bi a wɔfrɛ no Vanessa maame yare wui ; ɔno nso mpaebɔ ayɛ bi ama no . N’asɛm ne sɛ : “ Sɛ me werɛ how paa a , nea meyɛ ne sɛ , mebɔ Onyankopɔn din su gu no so wɔ mpaebɔ mu . Yehowa tie me mpaebɔ na daa ɔhyɛ me den . ” Awerɛhodi ho afotufo kyerɛ sɛ , sɛ obi wɔ awerɛhow mu na ɔrepɛ awerɛkyekye a , ɛsɛ sɛ otu ne ho ma boa afoforo anaa ɔyɛ adwuma bi a ɛbɛboa ne mpɔtam hɔfo . Sɛ ɔyɛ saa a , ebetumi ama n’ani agye na ɛbɛtew n’awerɛhow so . Kristofo pii a wɔn biribi awu ma enti wɔredi awerɛhow no ahu sɛ , sɛ wɔyɛ nnwuma bi de boa afoforo a , ɛma wonya awerɛkyekye . — 2 Korintofo 1 : 3 , 4 . W’abɛbrɛsɛ nyinaa mu , Onyankopɔn dwen wo ho . — Dwom 55 : 22 ; 1 Petro 5 : 7 . Onyankopɔn nya abotare tie n’asomfo mpaebɔ . — Dwom 86 : 5 ; 1 Tesalonikafo 5 : 17 . Nnipa a wɔawuwu no , Onyankopɔn kae wɔn . — Hiob 14 : 13 - 15 . Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ obenyan awufo . — Yesaia 26 : 19 ; Yohane 5 : 28 , 29 . Hwɛ sɛ ɔmannifo bi regyam ne dɔfo bi a wawu . Wopɛ sɛ woma ohu sɛ wudwen ne ho na wopɛ sɛ woboa no , nanso wunhu nea wonyɛ anaa wonka . Asɛm a ɛte saa bi ato wo pɛn anaa ? Ɛnde , biribi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de aboa . Mpɛn pii no , nea ɛsɛ sɛ woyɛ ara ne sɛ wobɛkɔ onipa a ade atɔ n’ani no nkyɛn . Afei wubetumi aka akyerɛ no sɛ “ kosɛ anaa due . ” Mmeae bi wɔ hɔ a , nea nkurɔfo yɛ ne sɛ wɔbɛbam onipa a ɔredi awerɛhow no anaa wɔde wɔn nsa bɛto ne mmati anaasɛ ne kɔn mu de akyerɛ sɛ wodwen ne ho . Sɛ nea ade ato n’ani no pɛ sɛ ɔka asɛm bi a , yɛ aso tie no yiye . Abusua bi biribi wu na woyɛ nneɛma bi ma wɔn a , wɔn ani tumi gye paa . Ebia wubetumi anoa aduan ama wɔn , ahwɛ wɔn mma ama wɔn , anaa aboa ama wɔayɛ ayi no ho ntotoe . Woyɛ nneɛma a ɛtete saa de boa wɔn a , na woakum wɔn koraa . Afei , ɛwom ara a wubetumi aka asɛm bi afa nea wawu no ho . Ebia wubetumi aka ne suban pa anaa biribi a ɔyɛe a wokae . Nea ɔredi awerɛhow no te nsɛm bi a ɛte saa a , ɛma n’ani gye . Yentie asɛm a Pam kae yi , ne kunu Ian wui no , ɛbɛyɛ mfe nsia ni . Ɔka sɛ : “ Ɛtɔ da a nkurɔfo ka adepa a na Ian yɛ a na minnim no ho asɛm . Mete nsɛm a ɛte saa a , ɛma m’ani gye . ” Nea ebinom ayɛ nhwehwɛmu ahu ne sɛ , ade tɔ obi ani a , ahyɛase no nnipa pii tumi kɔkyekye ne werɛ . Nanso enni gyina koraa na wɔn a wɔrekyekye ne werɛ no ayi ne baako ahyɛ ne nsa . Enti ade tɔ w’adamfo bi ani a , bɔ mmɔden sɛ wo ne no bedi nkitaho bere nyinaa . Ne maame wui yayaayaw , nanso anso hɔ ara , bosome 15 akyi pɛ na ne nuabea panyin nso wui . Ɔno de , ne nnamfonom annyi ne baako anhyɛ ne nsa . Bere a ɔbea panyin bi a wɔfrɛ no Ritsuko bɔɔ mmɔden sɛ ɔde Kaori bɛyɛ ne yɔnko berɛbo no , Kaori kae sɛ : “ Mɛka nokware a , nea Ritsuko yɛe no anyɛ me dɛ , efisɛ na mempɛ sɛ mede obiara bɛyɛ me maame . Nanso , sɛnea na Mama Ritsuko ne me te no nti , eduu baabi no na mframa mfa yɛn ntam koraa . Nnawɔtwe biara na yebom kɔ asɛnka na na yebom kɔ Kristofo nhyiam nso . Mpɛn pii no , ná ɔfrɛ me ma yɛkɔnom tii , ɔnoa aduan brɛ me , na ɔkyerɛw me lɛtɛ . Nea mama Ritsuko yɛe no hyɛɛ me den paa . ” Kaori maame wui no , mfe 12 atwam na ɔne ne kunu baanu nyinaa de bere pii reka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo . Kaori ka sɛ : “ Ɛde besi nnɛ nyinaa , Mama Ritsuko dwen me ho . Bere biara a mɛkɔ fie anaa me kurom no , mekɔsra no na ɔhyɛ me nkuran . ” Poli nso yɛ Yehowa Dansefo a ofi Cyprus , na bere a ɔno nso kunu wui no , onyaa awerɛkyekye . Nea ɛwom ne sɛ , na ne kunu a wɔfrɛ no Sozos no yɛ asafo mu panyin a ne yam ye . Ná Sozos taa frɛ nnyanka anaa nyisaa ne akunafo ba wɔn fie bedidi gye wɔn ani . Nanso Sozos dii mfe 53 no , biribi honoo ne tirim ma owui yayaayaw . Wɔkɔɔ hɔ no , wɔne Yehowa Adansefo asafo bi kɔbɔe , na wɔboaa wɔn paa . Poli ka sɛ : “ Ná asafo no mufo no nnim nea na ato yɛn no ho hwee , nanso wɔannyaw yɛn mu . Na wɔba yɛn nkyɛn bɛka nkuranhyɛsɛm kyerɛ yɛn . Nea wɔyɛe no boaa Daniel paa efisɛ saa bere no na na ohia ne papa . Asafo mu mpanyimfo no maa wɔn ani kɔɔ Daniel ho . Mpanyimfo no baako mpo de , bere biara a ɔne ne nnamfo bepue akogye wɔn ani anaa akɔbɔ bɔɔl no , na ɔde Daniel ka ne ho . ” Ɛnnɛ a yɛrekasa yi Poli ne ne ba no nyinaa anya awerɛkyekye . Ampa , awerɛkyekye fi onipa hɔ , na onipa nua ne nipa . Nea yɛaka yi kyerɛ sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a yebetumi ayɛ de akyekye obi a ne biribi awu werɛ . Bible nso ka anidaso nwonwaso bi ho asɛm a ɛno nso betumi akyekye yɛn werɛ . Ebinom mpo de , wɔhyɛ bere a onipa no fii mu no nsow , efisɛ saa bere no , adɔfo no bi taa di awerɛhow enti sɛ da no rebɛn anaa ɛso a , wɔkyekye nea ade ato n’ani no werɛ . Yɛaka Gail ho asɛm dedaw ; yehui sɛ ne kunu Rob wu no yɛɛ no yaw paa , na na onnye nni sɛ ɛho asɛm betumi afi ne tirim da . Nanso ɔwɔ anidaso sɛ Onyankopɔn wiase foforo no mu no , obehu ne kunu no bio . Mehwɛ wɔn a wɔn biribi awu a wonni anidaso biara no a , na wɔn asɛm yɛ me mmɔbɔ paa . ” Ɛrenkyɛ , Onyankopɔn benyan Hiob ne nnipa mpempem pii a wɔawuwu no aba asase a adan paradise so . Wokenkan Asomafo Nnwuma 24 : 15 a , wubehu sɛ Bible ka sɛ bere bi bɛba a nnipa “ bɛsɔre afi awufo mu . ” Yesu nso kae sɛ : “ Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa , efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte ne nne na wɔafi adi . ” Owusɔre a Onyankopɔn mmɔborɔhunu nti ɔde bɛba no , obiara a obenya mu gyidi no benya so mfaso . Sɛ obi a wodɔ no paa awu ama woredi awerɛhow a , nea yɛaka wɔ ha yi remma awerɛhow no ntu nyera prɛko pɛ . Nanso , Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛwɔ Bible mu no , sɛ wodwinnwen ho a , ɛbɛma woanya anidaso na ahyɛ wo den . — 1 Tesalonikafo 4 : 13 . Wopɛ sɛ wuhu nsɛm pii a ebetumi ama woanya awerɛkyekye ? Anaa wowɔ asɛmmisa bi te sɛ , “ Adɛn nti na Onyankopɔn ama kwan ma bɔne ne amanehunu rekɔ so ? ” Ɛnde kɔ yɛn wɛbsaet wɔ jw.org na wubenya Bible ho mmuae a ɛtɔ asom na ebetumi akyekye wo werɛ . ‘ Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa , na owu nni hɔ bio . ’ — Adiyisɛm 21 : 3 , 4 . Ɔwɛn - Aban yi kyerɛ sɛnea Onyankopɔn bɛma saa bɔhyɛ no abam ne mfaso a ɛbɛma woanya . ASƐM A ƐDA SO | DƐN NTI NA YESU HUU AMANE NA OWUI ? Afe 33 osutɔbere mu na wokum Nasareni Yesu . Wotwaa atoro too no so sɛ ɔyɛ ɔmammɔfo , wɔkaa no mpire , na wɔbɔɔ no asɛndua mu . Nanso , Onyankopɔn nyanee no , na adaduanan akyi no , ɔkɔɔ soro . Nea wɔde yɛɛ Yesu yi , yebehu ho asɛm wɔ Nsɛmpa nnan no mu . Nsɛmpa nnan no wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm a wɔtaa frɛ no Apam Foforo no mu . Nanso , sɛ esii ampa a , yebetumi aka sɛ daakye papa bi wɔ hɔ ma adesamma a wo nso woka ho . Ɛnde yemmisa sɛ , nsɛm a ɛwɔ Nsɛmpa no mu no yɛ anansesɛm , anaa nokwasɛm ? Nsɛmpa no mu nsɛm nyɛ bɔsrɛmka , na mmom ɛyɛ nea esii ankasa a akyerɛwfo no tɔɔ wɔn bo ase kyerɛwee no pɛpɛɛpɛ . Nkurow a ɛka ho asɛm no , ɛwɔ hɔ ankasa , na ɛnnɛ obi betumi akɔhwɛ hɔ . Abakɔsɛm akyerɛwfo di adanse sɛ , nnipa a Nsɛmpa no ka wɔn ho asɛm no tenaa ase ampa . ​ — Luka 3 : 1 , 2 , 23 . Abakɔsɛm akyerɛwfo a wɔtenaa ase wɔ Yesu bere so ne ne wu akyi no kaa Yesu ho asɛm . * Sɛnea na Romafo kum obi a wɔabu no kumfɔ no , saa ara na Nsɛmpa no kyerɛ sɛ wokum Yesu . Afei nso , Nsɛmpa no kaa biribiara a esii no pɛpɛɛpɛ . Anyɛ kata - so - muamua - so biara — nea Yesu asuafo yɛe a enye mpo no , ɛkae . Wei nyinaa di adanse sɛ nea Nsɛmpa no akyerɛwfo ka faa Yesu ho no yɛ nokware turodoo . Nnipa pii gye di sɛ Yesu tenaa ase na owui , nanso ne wusɔre no de , ebinom nnye nni . Bere a Yesu asomafo no mpo tee sɛ Yesu asɔre afi awufo mu no , mfiase no wɔannye anni . Nanso , bere a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ asomafo ne asuafo afoforo mpɛn pii no , wogye dii . Bere bi mpo de , nnipa bɛboro 500 de wɔn aniwa ankasa huu no . ​ — 1 Korintofo 15 : 6 . Asuafo no de wɔn nkwa too asiane mu kaa Yesu wusɔre no ho asɛm akokoduru so . Wɔn a wokum Yesu mpo , asuafo no kaa ne wusɔre ho asɛm kyerɛɛ wɔn . Sɛ wɔannyan Yesu a , wohwɛ a anka asuafo pii benya akokoduru a ɛte saa de aka asɛm no ? Anokwa , Yesu wusɔre no na ɛmaa Kristosom gyee din tete no , na ɛno ara nso na ama Kristosom agye din nnɛ . Biribiara a Nsɛmpa no ka fa Yesu wu ne ne wusɔre ho no ma yehu sɛ Yesu wu ne ne wusɔre no yɛ nokware turodoo . Sɛ wotɔ wo bo ase kenkan Nsɛmpa no a , wubehu sɛ nsɛm a ɛwom no nyinaa sisii ampa . Nanso sɛ wuhu nea enti a saa nsɛm no nyinaa sisii a , ɛbɛhyɛ wo den paa . Tacitus a wɔwoo no bɛyɛ afe 55 mu no kyerɛwee sɛ : “ Edin [ Kristofo ] no fi Kristo mu , na Tiberio nniso mu na yɛn amrado Pontio Pilato kum no . ” Wɔn a wɔkaa Yesu ho asɛm nso ne Suetonius ( wɔwoo no afe 69 ) ; Yudafo abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus ( wɔwoo no afe 37 anaa afe 38 ) ; ne Pliny Akumaa , Bitinia amrado ( wɔwoo no afe 61 anaa afe 62 ) . Afei nso , na Yesu atamfo dɔɔso , enti na wɔrenhwɛ mma wɔnkyerɛw ne ho asɛm a ɛbɛma nkurɔfo agye no adi . Petro a na ɔyɛ Yesu asomafo no baako kaa Yesu wusɔre ho asɛm sɛ : “ Oyi na da a ɛto so abiɛsa no Onyankopɔn nyan no maa no hokwan sɛ onyi ne ho adi nkyerɛ , ɛnyɛ nnipa nyinaa , na mmom adansefo a Onyankopɔn adi kan apaw wɔn , yɛn a yɛne no didi nomee wɔ ne wusɔre akyi no . ” Mateo Asɛmpa no ma yehu sɛ bere a nyamesomfo a wɔtan Yesu tee ne wusɔre ho asɛm no , wɔbɔɔ mmɔden paa sɛ wɔremma asɛm no ntrɛw . ​ — Mateo 28 : 11 - 15 . Wohwɛ a , na Yesu mpɛ sɛ nkurɔfo bɛte ne wusɔre no ho asɛm anaa ? Ɛnte saa , efisɛ Petro kae sɛ : “ Ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnka nkyerɛ nnipa no na yenni adanse fefeefe sɛ Oyi ne nea Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbɛyɛ ateasefo ne awufo temmufo no . ” Nea Petro kae yi , ɛno ara na nokware Kristofo yɛe na wɔda so ara reyɛ saa . ​ — Asomafo Nnwuma 10 : 42 . “ Ɛnam onipa biako [ Adam ] so na bɔne baa wiase , na owu nam bɔne so bae , ma owu trɛw kaa nnipa nyinaa , efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne . ” ​ — Romafo 5 : 12 Sɛ yebisa wo sɛ : “ Wopɛ sɛ wotena ase daa ” a , anka wubebua sɛn ? Ebia nnipa dodow no ara bɛka sɛ wɔpɛ sɛ wɔtena ase daa , nanso wɔte nka sɛ onipa de , ɛyɛ dɛn ara wubewu . Wɔka sɛ owu da amansan kɔn mu . Na sɛ yebisa wo sɛ : “ Wopɛ sɛ wuwu nso ɛ ? ” Anka wubebua sɛn ? Mpɛn pii no , nea nnipa dodow no ara bɛka ne sɛ wɔmpɛ sɛ wowu . Bible kyerɛ sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ yɛn saa . Ɛka sɛ : “ Ɔde bere a enni awiei ahyɛ [ yɛn ] komam . ” ​ — Ɔsɛnkafo 3 : 11 . Awerɛhosɛm ne sɛ nnipa biara nkyen boɔ . Na dɛn na Onyankopɔn ayɛ wɔ asɛm no ho ? Nea Bible ka wɔ asɛm no ho no bɛma w’ani agye , efisɛ ɛkyerɛ nea enti a Yesu huu amane na owui . Wohwɛ Genesis ti 1 kosi 3 no a , wubehu sɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam ne Hawa sɛ wobetumi atena ase daa , na ɔkyerɛɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama wɔakɔ so atena ase . Ɛsan kyerɛ nso sɛ Adam ne Hawa antie Onyankopɔn ma enti wɔhweree saa anidaso no . Bible no ka wei ho asɛm tiawa enti , ebinom bu no sɛ anansesɛm bi . Nanso sɛnea biribiara a ɛwɔ Nsɛmpa no mu ma yehu sɛ ɛyɛ nokware turodoo no , saa ara na Genesis kyerɛwtohɔ no nso te . Asoɔden a Adam yɛe no , dɛn na akɔfa aba ? Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ : “ Ɛno nti ɛnam onipa biako [ Adam ] so na bɔne baa wiase , na owu nam bɔne so bae , ma owu trɛw kaa nnipa nyinaa , efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne . ” Enti daa nkwa a Onyankopɔn de hyɛɛ Adam bɔ no bɔɔ no na akyiri yi owui . Esiane sɛ yɛyɛ n’asefo nti , ɔde ne bɔne no asan yɛn . Nanso , Onyankopɔn ayɛ nhyehyɛe bi a ɔde begye Adam asefo anaa ? Nokwarem no , Onyankopɔn ayɛ nhyehyɛe a ɔde begye Adam asefo afi owu mu na ama wɔanya daa nkwa ho anidaso . “ Bible ka wɔ Romafo 6 : 23 sɛ : “ Bɔne akatua ne owu . ” Wei kyerɛ sɛ bɔne na ɛkɔfaa owu bae . Yɛn nso yɛyɛ abɔnefo , ɛno nti na yewu no . Ɛnyɛ sɛ yɛpɛ nti na wɔwoo yɛn bɔne mu . Ɛno nti , Onyankopɔn fi ne pɛ mu somaa ne Ba Yesu bae sɛ ommegye yɛn mfi ‘ bɔne so ka ’ no mu . Ná Adam yɛ pɛ , na ɛnam asoɔden a ɔyɛe so na bɔne ne owu bae . Enti sɛ yɛbɛtetew yɛn ho afi bɔne ne owu ho a , na yebehia obi a ɔbɛyɛ osetie akosi owu mu . Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ : “ Na sɛnea onipa biako no asoɔden maa nnipa bebree bɛyɛɛ abɔnefo no , saa ara na obiakofo no setie bɛma nnipa bebree ayɛ treneefo . ” Ofii soro baa asase so bɛyɛɛ onipa a ɔyɛ pɛ * , na obewu maa yɛn . Na wei bɛma Onyankopɔn abu yɛn sɛ atreneefo na yɛanya anidaso sɛ yɛbɛtena ase daa . Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ Yesu wu na ama yɛanya anidaso sɛ yɛbɛtena ase daa ? Na ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no betumi ahyɛ ma Adam asefo atena ase daa . Bere a asɛm no sii no , sɛ Onyankopɔn buu n’ani gu mmara a wahyɛ so a , anka ɛbɛma nkurɔfo abu no sɛ obi a onsi pi ; ɔka asɛm a onni so . Wo de ma yensusuw wei ho nhwɛ . Sɛ Onyankopɔn ka sɛ Adam asefo no mu bi fata sɛ onya daa nkwa a , yebetumi aka sɛ wabu atɛntrenee anaa ? Sɛ ɔhyɛ bɔ a , yebetumi anya ahotoso sɛ obedi so ? Bere a Onyankopɔn reyɛ yɛn nkwagye ho adwuma no , wammu n’ani angu atɛntrenee so . Wei ma yenya ahotoso sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ bere nyinaa . Yesu afɔrebɔ wu no nti , Onyankopɔn ayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma yɛatumi atena ase daa wɔ Paradise asase so . Hwɛ asɛm a Yesu kae wɔ Yohane 3 : 16 no . Ɔkae sɛ : “ Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae , na obiara a ɔkyerɛ no mu gyidi no ansɛe na mmom wanya daa nkwa . ” Yesu wu no ma yehu sɛ ɛdan sɛ boɔ koraa Onyankopɔn bebu atɛntrenee , na ɛma yehu nso sɛ Onyankopɔn dɔ adesamma paa . Wokenkan Nsɛmpa no a , wubehu sɛ Yesu huu amane na owuu owu yawyaw . Adɛn ntia ? Ná Ɔbonsam aka sɛ , sɛ ɛkɔ onipa ani a , ɔbɛdan n’akyi akyerɛ Onyankopɔn . Yesu faa sɔhwɛ pii mu nanso odii Onyankopɔn nokware . Wei kyerɛ sɛ nea Ɔbonsam kae no yɛ atoro . Wo de hwɛ oo , na bɔne nni Adam ho , nanso Satan tumi daadaa no ma ɔyɛɛ bɔne . Yesu nso na bɔne nni ne ho , nanso bere a ɔkɔɔ amanehunu kɛse mu no , wannan n’akyi ankyerɛ Onyankopɔn . Nea Yesu yɛe no kyerɛ sɛ , na anka Adam nso betumi atie Onyankopɔn . Yesu atwa ɔsa pa ato hɔ ama yɛn , enti sɛ yɛkɔ sɔhwɛ mu a yebetumi asuasua no . Esiane sɛ Yesu tiee Onyankopɔn wɔ biribiara mu nti , wɔama ne Ba no nkwa a owu nnim wɔ soro sɛ akatua . Yesu kyerɛɛ nea yebetumi ayɛ na yɛatena ase daa . Ɔkae sɛ : “ Eyi ne daa nkwa , sɛ wobehu wo , nokware Nyankopɔn koro pɛ no , yiye , ne nea wosomaa no no , Yesu Kristo . ” ​ — Yohane 17 : 3 . Wɔn a wɔyɛɛ nhoma yi pɛ sɛ wusua Yehowa , nokware Nyankopɔn no , ne ne Ba Yesu Kristo ho ade pii . Yehowa Adansefo a wɔwɔ baabi a wote no ani begye sɛ wɔbɛboa wo . Afei nso wubetumi akɔ yɛn wɛbsaet wɔ www.jw.org / tw na wubenya nsɛm pii . Hwɛ asɛm a ɛne “ The Historical Character of Genesis ” wɔ Insight on the Scriptures , Po 1 , kratafa 922 . Yehowa Adansefo na wotintimii . Onyankopɔn yii ne Ba Yesu nkwa fii soro bɛhyɛɛ Maria awotwaa mu , na Onyankopɔn de ne honhom kronkron no bɔɔ ne ho ban ma enti wannya bɔne nkekae biara amfi Maria hɔ . ​ — Luka 1 : 31 , 35 . Ade rebɛkye ama Yesu awu no , ɔne n’asuafo no hyiae na ɔkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔnkae ne wu no . Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ : “ Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me . ” Yehowa Adansefo di saa ahyɛde no so , enti afe biara wohyiam kae Yesu wu no . Afe yi , yɛbɛkae Yesu wu no Wukuda , March 23 , 2016 , bere a owia akɔtɔ . Sɛ woba a , wontua hwee ; yennyigye kɔlɛhyen biara . Yɛsrɛ wo , bisa ­ Yehowa Adansefo a wɔte baabi a wowɔ no ma wɔnkyerɛ wo bere ne faako a wobehyia no . Wopɛ nso a , wubetumi akɔ yɛn wɛbsaet wɔ www.jw.org / tw na wubehu bere ne faako a yebehyia no . WUBEBUA SƐ Ɔbonsam yɛ . . . Subammɔne a ɛwɔ obi mu ? Ɔbonsam ne Yesu bɔɔ nkɔmmɔ na ‘ ɔsɔɔ no hwɛe . ’ Mfiase no na Ɔbonsam yɛ ɔbɔfo pa , nanso “ wannyina nokware no mu . ” Ɔbɛyɛɛ ɔtorofo na ɔtew atua tiaa Onyankopɔn . Abɔfo foforo nso tew atua kaa Satan ho . ​ — Adiyisɛm 12 : 9 . Ɔbonsam afura nnipa pii ani ma wonhu sɛ ɔwɔ hɔ ankasa . ​ — 2 Korintofo 4 : 4 . EBINOM KA SƐ ɛnyɛ nokware sɛ Ɔbonsam betumi adi nnipa so , na afoforo nso suro sɛ ahonhommɔne betumi abɛtena wɔn mu . Ɔbonsam wɔ nnipa so tumi kɛse , nanso ɛnyɛ obiara na ɔwɔ no so tumi . Ɔbonsam daadaa nkurɔfo na ama wanya nnipa pii adi wɔn so . ​ — 2 Korintofo 11 : 14 . Ɛtɔ mmere bi a ahonhommɔne tumi de nnipa bi yɛ nea wɔpɛ ​ — Mateo 12 : 22 . Onyankopɔn bɛboa wo ma woatumi ‘ asiw Ɔbonsam kwan . ’ ​ — Yakobo 4 : 7 . “ Momma asomdwoe ntena mo ntam . ” ​ — MARKO 9 : 50 . Yesu afotu bɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛasiesie yɛne yɛn nuanom ntam nsɛmnsɛm wɔ ɔdɔ mu ? Sɛ Kristoni repɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ne afoforo asiesie wɔn ntam nsɛmnsɛm a , dɛn na obetumi abisa ne ho ? Anammɔn mmiɛnsa a Yesu kaa ho asɛm wɔ Mateo 18 : 15 - 17 no , yɛbɛyɛ dɛn atumi de asiesie yɛne afoforo ntam nsɛmnsɛm bi ? Akasakasa a akɔ so wɔ nnipa ntam no , nea ɛwɔ he na ɛho asɛm wɔ Genesis nhoma no mu , na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw ho ? Suban bɛn na atrɛw wiase nyinaa , na dɛn na ɛde aba ? Nanso , Yesu ka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ wɔnhwehwɛ asomdwoe . 6 , 7 . ( a ) Sɛ nsɛmnsɛm sɔre wɔ yɛn ntam a , adɛn nti na ehia sɛ yesiesie no ntɛm ? ( b ) Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo nyinaa bisa wɔn ho ? Yɛn soro Agya no betie mpae a ɛte saa na waboa wo . ​ — 1 Yoh . 5 : 14 , 15 . Sɛ obi yɛ biribi ma ɛhaw yɛn a , dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ? ( Kenkan Mmebusɛm 10 : 12 ; 1 Petro 4 : 8 . ) ( a ) Bere a nkurɔfo kasa tiaa onuawa bi no , dɛn na odii kan yɛe ? ( b ) Bible mu asɛm bɛn na ɛboaa onuawa no ma enti n’anigye ansɛe ? 11 , 12 . ( a ) Sɛ Kristoni bi adwene yɛ no sɛ ne nua “ wɔ biribi tia ” no a , dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ? Bere a obi kekaa bi kyerɛɛ asafo mu panyin bi no , dɛn na ɔyɛe ? Dɛn na yebetumi asua afi nea ɔyɛe no mu ? 14 , 15 . ( a ) Asɛm a ɛwɔ Mateo 18 : 15 - 17 no , bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma ? ( b ) Anammɔn mmiɛnsa bɛn na Yesu kae sɛ yentu , na adwene bɛn ɛsɛ sɛ yɛde yɛ saa ? Dɛn na ɛma yehu sɛ , sɛ yɛde Yesu afotu no yɛ adwuma a , ɛkyerɛ ɔdɔ na mfaso wɔ so ? Sɛ yɛma “ asomdwoe ” tena yɛne afoforo ntam a , nhyira bɛn na yebenya ? Asɛm a wɔka ne nea enti a wɔka . Asɛm a Yesu kae wɔ Mateo 24 : 14 no , nsɛmmisa bɛn na ɛde aba ? Sɛnea Mateo 28 : 19 , 20 kyerɛ no , nneɛma nnan bɛn na ɛsɛ sɛ Yesu akyidifo yɛ ? Sɛ Bible ka sɛ yɛnyɛ “ nnipa yifo ” a , ɛkyerɛ sɛn ? ( Kenkan Mateo 4 : 18 - 22 . ) Nsɛmmisa nnan bɛn na ehia sɛ yenya ho mmuae , na adɛn ntia ? Wobɛyɛ dɛn anya ahotoso sɛ , asɛm pɔtee a Yesu kae sɛ yɛnka no , ɛno ara na Yehowa Adansefo reka no ? Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛnyɛ asɛm a Yesu kae sɛ yɛnka no na Kristoman asɔfo no reka ? Adwene a ɛmfata bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛde ka asɛmpa no ? ( Kenkan Asomafo Nnwuma 20 : 33 - 35 . ) Dɛn na Yehowa Adansefo ayɛ de akyerɛ sɛ wɔde adwene pa na ɛka asɛmpa no ? Akwan bɛn na Yesu ne n’asuafo no faa so kaa asɛmpa no ? Asɛmpaka adwuma no , sɛ wode Kristoman mufo toto Yehowa Adansefo ho a , wuhu no sɛn ? Wɔn nko ara na ɛkyerɛkyerɛ sɛ Yesu redi hene fi afe 1914 . Ɛsɛ sɛ yɛka asɛmpa no kodu he ? Baabi a Yesu kae sɛ yɛbɛka asɛmpa no akodu no , dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo ama saa nkɔmhyɛ no aba mu ? Kasa bɛboro 750 na ɛwɔ yɛn wɛbsaet hɔ . Yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn honhom wɔ Yehowa Adansefo so ? 17 , 18 . ( a ) Ɛnnɛ yɛbɛyɛ dɛn ahu paa sɛ Yehowa Adansefo na wɔreka asɛmpa no ? ( b ) Dɛn na ɛma yetumi kɔ so yɛ saa adwuma yi ? Efisɛ yɛn na yɛreka asɛm pɔtee a Yesu kae sɛ yɛnka no . Ɛno ne Ahenni ho asɛmpa no . Dɛn na ebetumi ama yɛahwere honhom fam nnuan no bi ? Nyansahyɛ ahorow bɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛanya Bible mu nsɛm nyinaa so mfaso ? Sɛ yɛkenkan nsɛm a wɔkyerɛw ma mmofra ne wɔn a wɔnyɛ Yehowa Adansefo a , ɛboa yɛn sɛn ? 1 , 2 . ( a ) Yehowa Adansefo bu Bible sɛn ? ( b ) Bible no fã bɛn na w’ani gye ho paa ? 3 , 4 . ( a ) Yebu yɛn nhoma ahorow no sɛn ? ( b ) Nhoma ahorow bɛn na wɔyɛ ma nnipakuw pɔtee bi ? Dɛn na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ani sɔ ? Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ Bible no fã bi a yɛrekenkan mfa yɛn ho ? 8 , 9 . ( a ) Sɛ yɛrekenkan Bible a , nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho ? ( b ) Nea wɔhwehwɛ sɛ Kristofo mpanyimfo yɛ no , dɛn na ɛma yehu fa Yehowa ho ? Mɛyɛ dɛn de aboa afoforo ? ’ ( Kenkan 1 Timoteo 3 : 2 - 7 . ) 10 , 11 . ( a ) Sɛ yɛkenkan nea wɔhwehwɛ fi asafo mu mpanyimfo hɔ a , yɛbɛyɛ dɛn de saa asɛm no abɔ yɛn bra ? ( b ) Yɛbɛyɛ dɛn de saa asɛm no aboa afoforo ? 12 , 13 . ( a ) Nnwinnade a yɛwɔ no , nhwehwɛmu bɛn na yebetumi de ayɛ ? ( b ) Sɛ yehu nea ɛmaa wɔkyerɛw asɛm bi a , ebetumi ama yɛanya asuade bi a anka ɛbɛyɛ den sɛ yebehu no ntɛm . Ma ɛho nhwɛso . Nhoma ne nsɛm a wɔkyerɛw ma mmofra no boa wɔn sɛn , na ɔkwan bɛn so na ebetumi aboa afoforo nso ? Nsɛm anaa nhoma a wɔkyerɛw ma mmofra no , adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔn ani afi nso ani gye ho ? Dɛn bio na yɛn nhoma ahorow no boa mmofra ma wɔyɛ ? ( Kenkan Ɔsɛnkafo 12 : 1 , 13 . ) Mɛyɛ Dɛn Ama Me Bible Akenkan Ayɛ Anigye ? ” Yɛbɛyɛ dɛn anya nhoma anaa nsɛm a wɔkyerɛw ma ɔmanfo no so mfaso ? Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ honhom fam aduan a Yehowa de ma yɛn no ? Gyinae a yesisi no , sɛn na ebetumi aka yɛne afoforo ? Sɛ Bible ankyerɛ mmara pɔtee bi a ɛsɛ sɛ yedi so a , yɛbɛyɛ dɛn ahu nea ɛsɔ Yehowa ani ? Yɛbɛyɛ dɛn ahu Yehowa adwene yiye ? Nneɛma a Bible ahyɛ ho mmara no bi ne nea ɛwɔ he , na sɛ yedi so a , ɛboa yɛn sɛn ? 2 , 3 . ( a ) Ɛnyɛ nea ɛkɔ so wɔ yɛn asetenam nyinaa na Bible hyehyɛ ho mmara . Gyinae a yesisi no , ɛka yɛne afoforo sɛn ? Sɛ Bible nhyɛɛ mmara pɔtee biara mfaa asɛm bi ho a , yɛbɛyɛ dɛn ahu nea yɛyɛ a ɛbɛsɔ Yehowa ani ? Ɛyɛɛ dɛn na Yesu huu nea Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ ? ( Kenkan Mateo 4 : 2 - 4 . ) Hu no w’akwan nyinaa mu , na ɔno na ɔbɛma w’akwan ateɛ . Sɛ yɛrekenkan Bible anaa yɛresua ade a , nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho ? Sɛ yebenya Yehowa adwene wɔ nneɛma ho yiye a , yɛn nhoma ahorow ne asafo nhyiam boa yɛn sɛn ? Ɛbɛma yɛatumi asisi gyinae a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani , na ɔbɛma asi yɛn yiye . ( Kenkan Luka 18 : 29 , 30 . ) Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ Yehowa ani gye atade pɔtee bi ho anaa n’ani nnye ho ? ( d ) Sɛ woresi gyinae a emu yɛ duru a , wobɛyɛ no sɛn ? ( Kenkan Genesis 6 : 5 , 6 . ) Sɛ yesisi gyinae a ɛsɔ Yehowa ani a , mfaso bɛn na yenya ? Nokwasɛm ne sɛ , yɛrensua Yehowa ho ade nwie da . Yɛbɔ asu wie mpo a , adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ nsakrae ? Adɛn nti na Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyere yɛn ho di yɛn mmerɛwyɛ so ? Dɛn na yebetumi ayɛ ama Onyankopɔn Asɛm akɔ so asesa yɛn abrabɔ ? 1 - 3 . ( a ) Sɛ yɛbɔ asu wie mpo a , nsakrae bɛn na ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛyɛ ? ( b ) Sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛyɛ nsakrae bi a , nsɛm bɛn na yebetumi abisa ? Adɛn nti na yɛrentumi nyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani wɔ biribiara mu ? Nsakrae bɛn na yɛyɛe ansa na yɛrebɔ asu , nanso mmerɛwyɛ bɛn na ebia ɛda so ara rehaw yɛn ? 6 , 7 . ( a ) Yɛn sintɔ nyinaa akyi no , dɛn na ɛma yetumi ne Yehowa fa adamfo ? ( b ) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn ? Yɛyɛ dɛn hu sɛ yebetumi akɔ so ahyɛ nipasu foforo no ? Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na Bible aboa yɛn ma yɛakɔ so ayɛ nsakrae , na nsɛm bɛn na yebetumi abisa ? Adɛn nti na Yehowa pɛ sɛ yɛyere yɛn ho di yɛn mmerɛwyɛ so ? Dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛanya suban a Yehowa ani gye ho ? ( Hwɛ adaka a yɛato din “ Bible ne Mpaebɔ Sesaa Wɔn Abrabɔ . ” ) Sɛ yɛantumi anyɛ nsakrae ntɛmntɛm a , adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu ? Sɛ yedi Yehowa nokware a , asetena pa bɛn na yebenya daakye ? Yɛbɛyɛ dɛn anya awerɛhyem sɛ Bible betumi akɔ so asakra yɛn abrabɔ ? [ 1 ] ( nkyekyɛm 1 ) Wɔasesa din no . Russell : “ Nea ɛboaa me ni . Mede nkotɔsrɛ kɔɔ Yehowa anim , na mekenkan Bible da biara da . Midwinnwen asɛm a ɛwɔ 2 Petro 2 : 11 no ho , na asafo mu mpanyimfo afotu a wɔde maa me nso boaa me paa . ” Maria Victoria : “ Mifii me koma nyinaa mu bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me ma menhwɛ me kasa yiye . Afei mihui sɛ ɛho hia sɛ nkurɔfo a wɔkeka afoforo ho nsɛm no , mehwɛ me ho yiye wɔ wɔn ho . Dwom 64 : 1 - 4 ma mihui sɛ , ɛnsɛ sɛ me nti afoforo bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wɔn ma wɔnhwɛ wɔn ho yiye wɔ me ho . Mesan hui sɛ , sɛ mekɔ so di nseku a , megye dimmɔne , na ebegu Yehowa din ho fĩ . ” Linda : “ Mebɔɔ mmɔden sɛ mehu yɛn nkratawa no mu nsɛm yiye , na matumi de ama afoforo . Anuanom a wɔyɛ asɛnka adwuma no afã ahorow nyinaa bi a me ne wɔn kɔɔ asɛnka no nso aboa me paa . Meda so ara de me ho to Yehowa so wɔ mpaebɔ mu . ” Nnipa nyinaa di mfomso ma etumi yɛ afoforo yaw . Sɛn na Yehowa paw nnipa a ɔnwene wɔn ? Sɛn na Onyankopɔn nwene wɔn a wotie no ? Israelfo a wonuu wɔn ho no , dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua wɔn ? Adɛn nti na ɔnwene ne nkurɔfo ? Sɛn na ɔnwene wɔn a wotie no ? ( Kenkan 1 Samuel 16 : 7b . ) Sɛ yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa ne yɛn Nwemfo a , sɛn na ɛsɛ sɛ yebu ( a ) nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu ? Akyiri yi , mihyiaa abusua bi , na suban pa a wɔdaa no adi no maa m’ani gyee wɔn ho . Afei da koro , me ho dwiriw me , sɛɛ na wɔyɛ Yehowa Adansefo ! Ankyɛ na mihui sɛ ɛyɛ ɔtan hunu ara kwa . Wubisa me a , nea metumi aka ara ne sɛ , sɛɛ na mitietie nkurɔfo ano . ” ( Kenkan Hebrifo 12 : 5 , 6 , 11 . ) Sɛn na Yehowa rekyerɛkyerɛ yɛn nnɛ , na ɔkwan bɛn so na saa ntetee yi bɛkɔ so daakye ? Yɛasua sɛ yɛn nso yɛbɛda ɔdɔ adi akyerɛ afoforo . Yehowa yɛ Ɔnwemfo Kɛse a ɔwɔ abotare na ne ho akokwaw . Dɛn na Yesu yɛe de suasuaa no ? ( Kenkan Dwom 103 : 10 - 14 . ) Dɛn na Dawid yɛe de kyerɛe sɛ ɔte sɛ dɔte a ɛyɛ mmerɛw , na dɛn na yɛbɛyɛ de asuasua no ? Ɔkwan bɛn so na Yehowa fa honhom kronkron ne Kristofo asafo no so nwene yɛn ? Ɛwom sɛ Yehowa wɔ yɛn so tumi de , nanso dɛn na ɔyɛ de kyerɛ sɛ ɔmpɛ sɛ ɔhyɛ yɛn ? Dɛn na yɛn Bible asuafo yɛ de kyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ Yehowa nwene wɔn ? ( a ) Adɛn nti na w’ani gye ho paa sɛ Yehowa na ɔrenwene wo ? ( b ) Ɔnwemfo adwuma no fã bɛn na yebesusuw ho ? Suban bɛn na ebetumi ama yɛapirim yɛn koma wɔ Yehowa afotu ho ? Suban bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakɔ so ayɛ sɛ dɔte a ɛyɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn nsam ? Dɛn na awofo a wɔyɛ Kristofo betumi ayɛ de akyerɛ sɛ Yehowa na ɔrenwene wɔn ? Adɛn nti na na Onyankopɔn ‘ pɛ Daniel asɛm paa , ’ na yɛbɛyɛ dɛn ayɛ osetie te sɛ Daniel ? Mmebusɛm 4 : 23 ka sɛ : “ Bɔ wo koma ho ban sen nea wode sie nyinaa , efisɛ emu na nkwa nsuti wɔ . ” ( Kenkan 2 Beresosɛm 26 : 3 - 5 , 16 - 21 . ) Sɛ yɛanhwɛ yiye wɔ ahantan ho a , asɛm bɛn na ebetumi ato yɛn ? Onua bi kae sɛ bere rekɔ so no , na ne suban bɔne no ho asɛm nhaw no bio . 7 , 8 . ( a ) Dɛn na tete Israelfo yɛ de kyerɛe sɛ gyidi a wonni ama wɔn koma apirim ? ( b ) Dɛn na yebetumi asua afi mu ? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘ yɛkɔ so ara sɔ hwɛ ’ sɛ yɛwɔ gyidi no mu anaa , na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa ? Emu bi ne n’Asɛm , Kristofo asafo no ne asɛnka adwuma no . Sɛnea yɛn mu biara te no , sɛn na Yehowa fa Kristofo asafo no so nwene yɛn ? Suban bɛn na asɛnka adwuma betumi ama yɛanya , na ɛbɛboa yɛn sɛn ? Sɛ awofo pɛ sɛ wɔtete wɔn mma yiye paa a , dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ? Sɛ wotu awofo bi ba fi asafo no mu a , dɛn na ɛsɛ sɛ awofo no yɛ de kyerɛ sɛ wɔde wɔn ho to Onyankopɔn so ? ( Kenkan 1 Korintofo 5 : 11 , 13 . ) Adɛn nti na ehia sɛ yɛde yɛn akwan hyɛ Yehowa nsa , na yɛyɛ saa a , mfaso bɛn na yebenya ? Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ “ Yehowa koro . ” Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛsom Yehowa sɛ “ Yehowa koro ” ? Dɛn na yebetumi ayɛ na asomdwoe ne baakoyɛ akɔ so atena yɛn mu ? ( b ) Adɛn nti na Mose kaa saa asɛm no ? 4 , 5 . ( a ) Onyankopɔn yɛ “ Yehowa koro . ” Dɛn na saa asɛm no betumi akyerɛ ? ( b ) Ɔkwan bɛn so na Yehowa yɛ soronko wɔ amanaman no anyame ho ? Asɛmfua “ koro ” nkyerɛase foforo ne sɛn , na dɛn na Onyankopɔn yɛ de kyerɛe sɛ ɔyɛ Yehowa “ koro ” ? 8 , 9 . ( a ) Dɛn na Yehowa hwehwɛ sɛ n’asomfo yɛ ? ( b ) Asɛm bɛn na Yesu kae a ɛma yehu nea Mose asɛm no kyerɛ ankasa ? ( Kenkan Marko 12 : 28 - 31 . ) 10 , 11 . ( a ) Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ Yehowa nkutoo na yɛsom no ? ( b ) Hebrifo mmerante a na wɔwɔ Babilon no , dɛn na wɔyɛ de kyerɛe sɛ Yehowa nkutoo na wɔsom no ? Bere a yɛresom Yehowa nkutoo no , dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ho ? Dɛn na yɛn ani betumi agye ho asen Yehowa ? Adɛn nti na Paulo kaee Kristofo sɛ Onyankopɔn yɛ “ Yehowa koro ” ? 16 , 17 . ( a ) Nkɔmhyɛ bɛn na ɛrenya mmamu nnɛ , na dɛn na ɛde aba ? ( b ) Dɛn na ebetumi asɛe baakoyɛ a ɛwɔ yɛn mu no ? 18 , 19 . ( a ) Afotu bɛn na wɔde ama yɛn wɔ Efesofo 4 : 1 - 3 ? ( b ) Dɛn na yebetumi ayɛ ama baakoyɛ atena asafo no mu ? Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛte ase sɛ “ Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro ” ? Nkuraase pii a woyi nam wɔ Trinidad ne Tobago mpoano . Yehowa Adansefo taa ka asɛmpa no kyerɛ apofofo a wohyia wɔn no Asɛm bɛn na ɛwɔ Bible mu a ɛma yehu sɛ bɔne wɔ yɛn nyinaa ho ? Dɛn na yebetumi ayɛ wɔ yɛn ankasa mfomso ne afoforo de ho ? Asɛm bɛn na Bible kae de kyerɛe sɛ Yehowa nkurɔfo bɛdɔɔso ? ( Kenkan Mika 4 : 1 , 3 . ) Wei aboa wɔn ama wɔn ho “ afi wɔ nnipa nyinaa mogya ho . ” ​ — Aso . 20 : 26 . Adɛn nti na ɛyɛ nwonwa sɛ Yehowa nkurɔfo adɔɔso ? Ɛtɔ da a , afoforo yɛ ade ma ɛyɛ yɛn yaw . Nea ɛto so abien a ɛte sɛ ɛno ne sɛ , ‘ Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho . ’ ” ( Kenkan Romafo 5 : 12 , 19 . ) Sɛ na wote Israel wɔ Eli ne ne mmabarima no bere so a , anka wobɛyɛ w’ade sɛn ? Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Eli anteɛ ne mma so ? Bɔne a emu yɛ duru bɛn na Dawid yɛe , na dɛn na Onyankopɔn yɛe wɔ ho ? ( a ) Dɛn na ɔsomafo Petro yɛe a ɛkyerɛ sɛ wantumi anni n’asɛm so ? ( b ) Petro dii mfomso akyi no , adɛn nti na Yehowa kɔɔ so de no yɛɛ adwuma ? Adɛn nti na wugye di sɛ Onyankopɔn bu atɛntrenee bere nyinaa ? Mfomso a Yuda Iskariot ne Petro dii no , adwene bɛn na Yesu nyae wɔ ho ? Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no , Bible hyɛɛ wɔn ho nkɔm sɛn ? Ɛsɛ sɛ yebu mfomso sɛn ? 13 , 14 . ( a ) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya yɛn ho yɛn ho abotare ? ( b ) Bɔhyɛ bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi ? Dɛn na Yesu kae sɛ yɛnyɛ wɔ afoforo mfomso ho ? Sɛ afoforo di mfomso a , dɛn na wobɛyɛ ? ( Kenkan Mateo 5 : 23 , 24 . ) Sɛnea Yehowa de afiri mo no , mo nso monyɛ saa ara . ” Nsɛm a yɛabisa no , ɛho mmuae nyɛ den . Adɛn ntia ? Nea ɛma yehu wei ne asɛm bi a Bible ka fa nhumu ne nyansa ho . Mmebusɛm 3 : 13 - 15 ka sɛ : “ Anigye ne onipa a ohu nyansa , ne onipa a onya nhumu , efisɛ ɛyɛ ahonyade sen dwetɛ , na n’aba sen sika . Ɛsom bo sen mmota , na afɛfɛde foforo biara a wowɔ ne no nsɛ . ” Yesu Kristo nso , na odi nokware paa . Me na na meda adwuma no ano . Enti na adwumawura no ma mehyɛ nnipa a wogye tow no afono mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛka wɔn ano atom . Ná obiara nim sɛ me ne nokware abɔ nsianho . Akatua a migye no , na ɛyɛ paa , nanso bere a mibehuu nokware no , migyaee adwuma no kobuee me ara m’adwuma . Mewɔ mmarimaa mmienu , na mayɛ nhwɛso pa ama wɔn . Manya ɔsom hokwan wɔ asafo no mu nso . Seesei , wɔn a wogye tow ne wɔn a me ne wɔn yɛ adwuma nyinaa nim me sɛ ɔbarima a odi nokware . ” Ɔne Naomi tu kɔɔ Israel , na ɔsom nokware Nyankopɔn no wɔ hɔ . 1 : 16 . Dɛn ne ade a ɛsen biara a Yehowa de adom adesamma ? Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ seesei yɛhyɛ adom ase , na yɛnhyɛ bɔne ase bio ? Nhyira bɛn na Yehowa adom ma yenya ? 1 , 2 . ( a ) Yesu mfatoho a ɛfa bobeturo wura ho no , ka ho asɛm . ( b ) Ɔkwan bɛn so na mfatoho no ma yehu biribi fa ayamye ne adom ho ? Papa a mereyɛ yi nti na mo ani abere anaa ? ’ — Mat . ( Kenkan 2 Korintofo 6 : 1 . ) Adɛn nti na Yehowa adom adesamma nyinaa , na ɔyɛɛ no sɛn ? Sɛ yɛka sɛ Yehowa adom ‘ yɛ adwuma akwan horow so ’ a , ɛkyerɛ sɛn ? Ɔsomafo Petro kae sɛ : “ Sɛnea akyɛde a obiara nsa aka te no , momfa nsonsom mo ho sɛ afiehwɛfo pa a wɔde Onyankopɔn dom akyɛde a ɛyɛ adwuma akwan horow so no ahyɛ wɔn nsa . ” Ɔsomafo Yohane kae sɛ : “ Adom a ahyɛ no mã nti , yɛn nyinaa anya adom pii afi ne hɔ . ” Yɛyɛ dɛn nya Yehowa adom so mfaso , na dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ ho anisɔ ? ( Kenkan 1 Yohane 1 : 8 , 9 . ) Onyankopɔn adom nti , nhyira bɛn na yenya ? Onyankopɔn adom no yɛ adwuma akwan horow so : Yenya hokwan te asɛmpa no ( Hwɛ nkyekyɛm 11 ) Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔasra wɔn no de “ nguan foforo ” no ba trenee mu ? Yetumi bɔ mpae ( Hwɛ nkyekyɛm 12 ) Sɛ yɛreka Onyankopɔn adom ho asɛm a , mpaebɔ ba mu sɛn ? Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn adom betumi aboa yɛn wɔ “ bere a ɛsɛ mu ” ? Ɔkwan bɛn so na Yehowa adom betumi ama yɛn koma atɔ yɛn yam ? Onyankopɔn adom nti , anidaso bɛn na yɛanya ? ( Kenkan Dwom 49 : 7 , 8 . ) Ɔkwan bɛn so na tete Kristofo binom faa Onyankopɔn adom ho yɛɛ bɔne ? Esiane sɛ Yehowa adom yɛn nti , asɛyɛde ahorow bɛn na yɛanya ? Asɛyɛde a yɛwɔ bɛn na yɛbɛka ho asɛm wɔ adesua a edi hɔ no mu ? [ 1 ] ( nkyekyɛm 2 ) Hwɛ asɛm “ Undeserved kindness ” ( Adom ) ho nkyerɛkyerɛmu wɔ “ Glossary of Bible Terms ” ( Bible Mu Nsɛm a Wɔakyerɛkyerɛ Mu ) a ɛwɔ Wiase Foforo Nkyerɛase Borɔfo de no mu no . 20 : 24 . Dɛn na ɛsɛ sɛ Yehowa adom kanyan yɛn ma yɛyɛ ? Ɔkwan bɛn so na ‘ Ahenni ho asɛmpa ’ no ma yehu Onyankopɔn adom ? Wiase foforo no mu no , dɛn na Yehowa bɛyɛ de ada n’adom adi ? Dɛn na ɔsomafo Paulo yɛe de kyerɛe sɛ n’ani sɔ Onyankopɔn adom ? ƆSOMAFO Paulo tumi kaa no pefee sɛ : ‘ Onyankopɔn adom a wadom me no anyɛ kwa . ’ ( Kenkan 1 Korintofo 15 : 9 , 10 . ) ( Kenkan Efesofo 3 : 5 - 8 . ) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ ‘ Ahenni ho asɛmpa ’ no , ɛno ara ne “ Onyankopɔn adom ho asɛmpa ” no ? Sɛ yɛka agyede no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo a , dɛn na ɛkyerɛ sɛ na yɛreka Onyankopɔn adom ho asɛmpa ? Adɛn nti na ehia sɛ wɔka abɔnefo ne Onyankopɔn bom bio ? Ɔsomafo Yohane kae sɛ : “ Nea ogye Ɔba no di no wɔ daa nkwa ; nea ontie Ɔba no renhu nkwa , na Onyankopɔn abufuhyew wɔ no so . ” 9 , 10 . ( a ) Adwuma bɛn na Kristo de hyɛɛ ne nuanom a wɔasra wɔn no nsa ? Enti yɛyɛ ahemmɔfo a yesi Kristo ananmu , te sɛ nea Onyankopɔn nam yɛn so resrɛ . Adɛn nti na ɛyɛ anigye sɛ nkurɔfo behu sɛ wobetumi abɔ Yehowa mpae ? Nnipa bebree bɔ mpae efisɛ ɛma wɔn ho dwo wɔn , nanso wonnye nni ankasa sɛ Onyankopɔn tie wɔn mpaebɔ . Ehia sɛ wohu sɛ Yehowa yɛ “ mpaebɔ Tiefo . ” Odwontofo Dawid kyerɛwee sɛ : “ O mpaebɔ Tiefo , wo nkyɛn na ɔhonam nyinaa bɛba . Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ : “ Sɛ mubisa biribiara me din mu a , mɛyɛ . ” 13 , 14 . ( a ) Ɔsom hokwan kɛse bɛn na wɔn a wɔasra wɔn no benya daakye ? ( b ) Adwuma pa bɛn na wɔn a wɔasra wɔn no bɛyɛ ama adesamma ? Dɛn na Yehowa bɛyɛ daakye de ada n’adom adi akyerɛ “ nguan foforo ” no ? “ Nguan foforo ” a wobedi nokware akosi owu mu wɔ nna a edi akyiri yi mu no nso , wobenyan wɔn aba nkwa mu . Yohane kyerɛwee sɛ : “ Mihuu awufo , akɛse ne nketewa , sɛ wogyinagyina ahengua no anim , na wobuebuee nhoma mmobɔwee mu . Na wɔde nsɛm a wɔakyerɛw wɔ nhoma ahorow no mu no buu awufo no atɛn sɛnea wɔn nnwuma te . Na ɛpo yii emu awufo mae , na owu ne Adamoa yii emu awufo mae , na wobuu wɔn atɛn mmiako mmiako sɛnea wɔn nnwuma te . ” Nhoma mmobɔwee no mu nsɛm a wɔbɛma yɛahu no nso bɛyɛ adom foforo a Yehowa bɛda no adi akyerɛ yɛn . Afei , nkakrankakra adesamma bɛkɔ pɛyɛ mu . Bible ka sɛ : “ Abɔde no ankasa nso benya ahofadi afi ɔporɔw nkoasom mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi mu . ” Ɔsan kae sɛ : “ Kyerɛw , efisɛ nsɛm yi wom , na ɛyɛ nokware . ” Sɛ yɛde nsi ne ahokeka ka saa asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo a , na yɛrekamfo Yehowa wɔ n’adom ho ! ‘ Monkɔ so nhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni , na wɔde saa nneɛma yi bɛka mo ho . ’ — LUKA 12 : 31 . Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ nea yehia ne nea yɛpɛ mu ? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho so na yɛampɛ nneɛma pii ? Adɛn nti na wugye di paa sɛ Yehowa betumi ama woanya nea wuhia da biara ? Ɔkwan bɛn so na Satan de “ aniwa akɔnnɔ ” yɛ adwuma ? Momma yɛnkae sɛ , ɔsomafo Yohane bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ : “ Wiase ne n’akɔnnɔ retwam . ” Asɛm bɛn na ebetumi ato wɔn a wɔde wɔn bere pii hwehwɛ honam fam nneɛma no ? Dɛn na yebesusuw ho , na adɛn ntia ? 8 , 9 . ( a ) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yedwinnwen nneɛma a yehia ho pii ? ( b ) Dɛn na na Yesu nim wɔ nnipa ne nea wohia ho ? Bere a Yesu kyerɛɛ n’asuafo sɛnea wɔmmɔ mpae no , dɛn na ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ wɔma ɛho hia wɔn paa wɔ wɔn asetena mu ? Sɛnea Yehowa hwɛ ewim nnomaa no , dɛn na yebetumi asua afi mu ? Ɛsɛ sɛ ‘ yɛhwɛ ewim nnomaa . ’ Nokwasɛm ne sɛ , Yehowa ntetew aduan nhyɛ nnomaa anom . Dɛn na ɛma yehu sɛ yɛsom bo sen ewim nnomaa ? ( Fa toto Luka 12 : 6 , 7 ho . ) 15 , 16 . ( a ) Dɛn na yesua fi sɛnea Yehowa hwɛ wuram sukooko no mu ? ( Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no . ) ( b ) Nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho , na adɛn ntia ? Dɛn na Yehowa nim wɔ yɛn ho , na dɛn na ɔbɛyɛ ama yɛn ? Nea ebesi daakye no , adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛde ɛho asɛm haw yɛn ho ? Wubetumi ayɛ wo ho awiɛmfoɔ , na wode w’adwene asi Ahenni no so kɛse ? ( a ) Botae bɛn na wubetumi de asi w’ani so wɔ Yehowa som mu ? ( b ) Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ wo ho awiɛmfoɔ ? Dɛn na ɛbɛboa wo ama woabɛn Yehowa kɛse ? Nea enti a ehia sɛ yehu bere a yɛwom ne nea ɛrekɔ so wɔ baabi a yɛwɔ no , fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu . Adɛn nti na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ‘ wɔnkɔ so nwɛn ’ ? Adɛn nti na yɛyɛ aso tie Yesu kɔkɔbɔ no ? ( a ) Adɛn nti na yebetumi agye adi sɛ , seesei de , Yesu nim bere a Harmagedon bɛba ? ( b ) Ɛwom sɛ yennim bere a ahohiahia kɛse no befi ase de , nanso ahotoso bɛn na yebetumi anya ? Bere a Yesu wɔ asase so no , ɔkae sɛ : “ Ɛdefa saa da no ne dɔn no ho de obiara nnim , abɔfo a wɔwɔ ɔsoro ne Ɔba no mpo nnim , gye Agya no nko . ” ( Kenkan Habakuk 2 : 1 - 3 . ) Ma nhwɛso fa kyerɛ sɛ Yehowa hyɛ nkɔm a , ɛbam pɛpɛɛpɛ wɔ bere a wahyɛ mu ? Yehowa hyɛ nkɔm a , ɛbam bere nyinaa ; ɛnka akyi . Bere bi akyi , Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ : “ Hu sɛ w’asefo bɛkɔ akɔyɛ ahɔho wɔ obi man so na wɔasom wɔn , na nkurɔfo no bedi wɔn ani mfe ahanan . ” Adɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa begye ne nkurɔfo ? 7 , 8 . ( a ) Tete no , na ɔwɛmfo adwuma ne sɛn , na dɛn na yebetumi asua afi nea na wɔyɛ no mu ? ( b ) Sɛ ɔwɛmfo reyɛ n’adwuma na ɔda a , asɛm bɛn na na etumi si ? Ma ɛho nhwɛso . Ɛnnɛ , dɛn na nnipa dodow no ara nnim ? 10 , 11 . ( a ) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ho , na adɛn ntia ? ( b ) Dɛn na ɛma wugye di sɛ Ɔbonsam adaadaa nkurɔfo ama wɔmfa Bible nkɔmhyɛ nyɛ hwee ? Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma Ɔbonsam daadaa yɛn ? Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ : “ Munsiesie mo ho , efisɛ dɔn a munsusuw saa mu na onipa Ba no reba . ” Wiase honhom no aka adesamma sɛn , na dɛn na yebetumi ayɛ de akwati suban bɔne a ɛte saa ? Kɔkɔbɔ bɛn na ɛwɔ Luka 21 : 34 , 35 ? ( Kenkan Luka 21 : 34 , 35 . ) Asɛm bɛn na ɛtoo Petro , Yakobo , ne Yohane , na dɛn na ebetumi ama asɛm a ɛte saa ato yɛn nso ? Sɛnea Luka 21 : 36 kyerɛ no , dɛn na Yesu kae sɛ yɛnyɛ bere a ‘ yɛrewɛn ’ no ? Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛasiesie yɛn ho ama nea ɛreba nnansa yi ara no ? [ 1 ] ( nkyekyɛm 14 ) Hwɛ Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi ! nhoma no ti 21 . Yɛkɔɔ nhyiam bi , na onua bi bisaa me sɛ mepɛ sɛ mekɔ asɛnka anaa . Yɛkɔɔ asasesin no mu no , ɔmaa me nhomawa ahorow bi a ɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm . Onuawa bi ne yɛn a na yɛyɛ mmofra no suaa ade . Ɔde Bible ne The Harp of God nhoma no na ɛkyerɛkyerɛɛ yɛn . Meyɛ abarimaa no , na m’ani gye ho sɛ mede Onyankopɔn Asɛm no bɛboa nkurɔfo ama wɔanya anidaso . Onua no gyinae , na ɔka kyerɛɛ me sɛ yɛntena dua bi so . Afei obisaa me sɛ : “ Hena na ɔmaa wo tumi sɛ bu obi atɛn sɛ ɔyɛ abirekyi ? Ma yɛn ani nnye sɛ yɛanya hokwan reka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo . Atemmu ho asɛm de , ma yennyaw mma Yehowa . ” Onua foforo a n’ani afi kyerɛɛ me sɛ , sɛ yɛpɛ sɛ yehu sɛ ɔma mu wɔ anigye a , ehia sɛ ɛtɔ da a , yɛde ntoboase gyina sɔhwɛ ano . Ne yere no bɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Dansefo . Ɔpɛ a na mewɔ sɛ mɛma nkurɔfo anya daakye ho anidaso no mu kɔɔ so yɛɛ den . Ɔko no baa awiei no , mede mfe mmienu kɔyɛɛ akwampae adwuma wɔ Ireland anafo fam . Sɛ obi gye yɛn nhoma no bi a , na wɔma woyi no adi fi adwumam . Ná mentenaa po so hyɛn mu da , enti na ɛyɛ me dɛ paa . Ɛhyɛ ase fi Virgin Islands a ɛbɛn Puerto Rico no , na ɛkɔ araa kosi beae bi a ɛbɛn Trinidad . Anuanom a na wɔte Sibia mu yɛ asɛmpatrɛw adwuma ( fi benkum kɔ nifa ) : Ron Parkin , Dick Ryde , Gust Maki , ne Stanley Carter Saa ara nso na na wonim Bible mu yiye . Ná wɔtaa ma yɛn mpataa , paya , ne nkate . Sɛ edu anwummere a , na yɛbɔ ɛdɔn a ɛwɔ yɛn hyɛn no mu no . Nea na ɛwɔ hɔ ara ne baka a ani yɛ ahabammono , anhwea , ne mmedua . Bere a yeduu hɔ no , mihyiaa onuawa ɔsɛmpatrɛwfo hoɔfɛfo bi a ne din de Maxine Boyd . Enti mekae wɔ me tirim sɛ , ‘ Ronald , sɛ w’ani gye ababaa yi ho a , yɛ no ntɛm . ’ Nnawɔtwe mmiɛnsa akyi no , mede too n’anim sɛ mɛware no , na nnawɔtwe nsia akyi no , yɛwaree . Wɔmaa me ne Maxine yɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Puerto Rico . Enti mantena po so hyɛn foforo no mu da . Sɛ nhwɛso no , wɔ akuraa bi a ɛde Potala Pastillo ase no , na Adansefo mmusua mmienu bi wɔ hɔ a wɔwɔ mma pii . Ná mebɔ atɛntɛbɛn de gyigye wɔn ani . Meka kyerɛɛ mmaayewa no baako , Hilda , sɛ ɔmma yɛnkɔ asɛnka . Yɛtɔɔ mpaboa maa no , na ɔne yɛn kɔɔ asɛnka . Ná ɔrebɛkɔ Ecuador akɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma . Ɔkae sɛ : “ Minnye nni sɛ mokae me . Me ne abaayewa a ofi Pastillo a na onni mpaboa no . ” Mfiase no , na me ne Lennart Johnson na na ɛyɛ adwuma no fã kɛse no ara . Mihui sɛ adwuma no boro me so . Nathan Knorr baa Puerto Rico . Ɔno na na odi Yehowa Adansefo anim saa bere no . Na ɔkae sɛ wadi me ho yaw paa . Ná mempɛ sɛ me ne no yiyi nsɛm ano , nanso mihui sɛ ɔne me anni no yiye . Bere a me ne me maame gyee nokware no , me papa de , wamfa ne ti annye . Me yere a medɔ no , Maxine wui afe 2011 . Merehwɛ kwan paa sɛ mɛsan ahu no bio wɔ owusɔre no mu . Wɔma mekɔyɛɛ adwuma wɔ Wallkill , New York . Esiane sɛ midii mfe 60 wɔ supɔw no so nti , na mabɛyɛ Puerto Riconi ara ne sa , te sɛ coquí . Wɔn a wɔba me nkyɛn no , ɛyɛ a wɔn mu binom pɛ sɛ me ne wɔn bɔ wɔn ankasa anaa wɔn abusua mu nsɛnnennen ho nkɔmmɔ . Adwuma biara a yɛyɛ wɔ Betel no , yɛyɛ ma Onyankopɔn . Baabiara a yɛbɛsom Yehowa no , yenya hokwan de yi no ayɛ . Leonard Smith asetenam nsɛm baa April 15 , 2012 Ɔwɛn - Aban mu . Adɛn nti na yebetumi aka sɛ aware yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ ? Aware a ɛkɔɔ so fii Adam bere so kosii Yesu so no , wobɛka ho asɛm sɛn ? Dɛn na ebetumi aboa Kristoni bi ama wasi gyinae sɛ ɔbɛware anaasɛ obedi sigya ? 1 , 2 . ( a ) Bere bɛn na wɔhyehyɛɛ aware ? ( b ) Ɔbarima ne ɔbea a wodii kan bɔɔ wɔn no , dɛn na na wobetumi ahu afa aware ho ? ( Kenkan Genesis 2 : 20 - 24 . ) Atirimpɔw paa nti a Onyankopɔn hyehyɛɛ aware ne sɛ , awarefo bɛwo ahyɛ asase so mã . Dɛn na yebetumi asua afi mmuae a Adam ne Hawa de maa Yehowa no mu ? Wobɛkyerɛkyerɛ Genesis 3 : 15 mu sɛn ? 3 : 16 . ( a ) Efi bere a Adam ne Hawa tew atua no , dɛn na aba aware so ? ( b ) Dɛn na Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ okununom ne ɔyerenom yɛ ? Aware a ɛkɔɔ so fi Adam bere so kosi Nsuyiri no so ho abakɔsɛm bɛn na yɛwɔ ? Dɛn na Yehowa yɛɛ abɔnefo wɔ Noa bere so , na dɛn na ɛsɛ sɛ yesua fi nea ɛkɔɔ so saa bere no mu ? ( a ) Nna mu ɔbrasɛe bɛn na na nkurɔfo de wɔn ho hyɛ mu wɔ mmeae pii ? ( b ) Nhwɛso pa bɛn na Abraham ne Sara yɛe wɔ wɔn aware mu ? ( Kenkan 1 Petro 3 : 3 - 6 . ) Ɔkwan bɛn so na Mose Mmara no bɔɔ Israelfo ho ban ? ( Kenkan Deuteronomium 7 : 3 , 4 . ) 12 , 13 . ( a ) Dɛn na na mmarima bi reyɛ wɔn yerenom wɔ Malaki bere so ? ( b ) Ɛnnɛ , sɛ obi a wabɔ asu de obi hokafo guan a , dɛn na wɔbɛyɛ no ? ( a ) Aware ho gyinapɛn bɛn na wɔde yɛ adwuma wɔ Kristofo asafo no mu ? Paulo de kaa ho sɛ : “ Sɛ wontumi nhyɛ wɔn ho so a , wɔnware , na eye sɛ wɔbɛware sen sɛ akɔnnɔ bɛhyɛ wɔn so . ” 18 , 19 . ( a ) Sɛ Kristoni bi pɛ sɛ ɔware a , dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ? ( b ) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu ? Asɛyɛde bɛn na Onyankopɔn de ama okununom ne ɔyerenom ? Adɛn nti na ɔdɔ ne akorɔkorɔ ho hia paa wɔ aware mu ? Sɛ nsɛnnennen ba aware mu a , ɔkwan bɛn so na Bible betumi aboa ? Ɛwom sɛ aware biara ahyɛase yɛ anigye de , nanso dɛn na ɛsɛ sɛ awarefo hwɛ kwan sɛ ɛbɛto wɔn ? Ɔdɔ bɛn na ɛsɛ sɛ awarefo da no adi ? Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a ɛwɔ aware mu yɛ den kodu he ? Paulo kyerɛwee sɛ : “ Okununom , monkɔ so nnɔ mo yerenom sɛnea Kristo nso dɔɔ asafo no na ɔde ne ho too hɔ maa asafo no . ” ( Kenkan Yohane 13 : 34 , 35 ; 15 : 12 , 13 . ) 4 , 5 . ( a ) Okunu na ɔyɛ abusua ti . N’asɛyɛde ne sɛn ? ( b ) Ɛsɛ sɛ ɔyere bu tiyɛ sɛn ? ( d ) Nsakrae bɛn na na ɛsɛ sɛ awarefo bi yɛ ? Mewaree no , na ehia sɛ meyɛ nsakrae efisɛ na ɛsɛ sɛ mitie me kunu . Ɛtɔ da a , na ayɛ den , nanso esiane sɛ yɛyɛ nea Yehowa pɛ nti , ama mframa mfa yɛn ntam koraa . ” Enti bere a mewaree no de , na asɛm no asɛe koraa efisɛ na ɛsɛ sɛ misisi gyinae ma nnipa baanu . Nanso , sɛ mebɔ Yehowa mpae hwehwɛ ne mmoa , na meyɛ aso tie nea me yere wɔ ka a , ɛyɛ mmerɛw ma me sɛ mesi gyinae . Mete nka sɛ yɛayɛ baako ankasa ! ” Sɛ nsɛnnennen sɔre wɔ aware mu a , ɔkwan bɛn so na ɔdɔ yɛ adwuma sɛ “ koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ ” ? Nanso , sɛ awarefo nya akokoduru ka a , etumi ma asɛm de n’asɛm kɔ , na ɛma wotumi ka bɛn wɔn ho paa . 7 , 8 . ( a ) Nna ho afotu bɛn na Bible de ma awarefo ? ( b ) Adɛn nti na ehia sɛ awarefo korɔkorɔ wɔn ho ? ( Kenkan 1 Korintofo 7 : 3 - 5 . ) Ɛnsɛ sɛ awarefo no mu biara hyɛ ne yɔnko ne no da , na mmom ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa pene so ansa . Adɛn nti na ɛnyɛ papa sɛ obi benya ɔbea anaa ɔbarima bi a ɔnyɛ ne hokafo ho akɔnnɔ ? 10 , 11 . ( a ) Awaregyae ho nsɛm te sɛn nnɛ ? ( b ) Dɛn na Bible ka fa ntetewmu ho ? ( d ) Dɛn na ɛbɛboa awarefo na wɔampere wɔn ho antetew mu ? Dɛn na ebetumi ama awarefo bi ayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛtetew mu ? Asɛm bɛn na Bible ka kyerɛ Kristofo a wɔn ahokafo nyɛ Yehowa asomfo ? ( Kenkan 1 Korintofo 7 : 12 - 14 . ) Anaasɛ ɔbarima , wobɛyɛ dɛn ahu sɛ ɛnyɛ wo na wubegye wo yere nkwa ? ” 15 , 16 . ( a ) Afotu bɛn na Bible de ma ɔyerenom a wɔyɛ Kristofo a wɔn kununom nnya mmɛyɛɛ Onyankopɔn asomfo ? ( b ) Sɛ Kristoni bi hokafo a “ onnye nni no ka sɛ ɔrekɔ a , ” dɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni no yɛ ? Ɔsomafo Petro tuu ɔyerenom a wɔyɛ Kristofo fo sɛ , wɔmmrɛ wɔn ho ase mma wɔn ankasa wɔn kununom , “ na sɛ ebinom anyɛ aso amma asɛm no a , ɔyerenom nam wɔn abrabɔ so anya wɔn a ɔkasa nka ho , efisɛ wɔn ankasa bedi [ wɔn ] abrabɔ kronn ne obu a emu dɔ no ho adanse . ” Na sɛ ɔhokafo a ɔnyɛ gyidini no ka sɛ ɔretetew mu nso ɛ ? Bible ka sɛ : “ Sɛ nea onnye nni no ka sɛ ɔrekɔ a , ma ɔnkɔ ; obi ntumi nhyɛ onuabarima anaa onuabea sɛ akoa wɔ tebea a ɛte saa mu , na asomdwoe mu na Onyankopɔn afrɛ mo aba . ” Dɛn paa na ɛsɛ sɛ ɛho hia Kristofo a wɔyɛ awarefo ? Adɛn nti na Kristofo aware betumi asɔ na ayɛ anigye ? [ 1 ] ( nkyekyɛm 5 ) Wɔasesa din ahorow no . [ 2 ] ( nkyekyɛm 13 ) Hwɛ nkekaho , “ Nea Bible Ka Wɔ Awaregyae ne Ntetewmu Ho ” wɔ nhoma a wɔato din “ Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu ” kr . 219 - 221 . Ɛyɛ anigye paa sɛ wubedi adanse anɔpa wɔ Danube Asubɔnten no ho ! Adawurubɔfo yi de anigye reka Ahenni asɛm no akyerɛ obi a wayɛ aso retie wɔ Vigadó Square , Budapest , Hungary Dɛn na wubetumi ayɛ na ama woanya nkɔso wɔ honhom fam ? Wobɛyɛ dɛn anya nkɔso wɔ honhom fam a wommrɛ pii ? Nsakrae bɛn na woyɛ a ebetumi ama woatu mpɔn wɔ asɛnka adwuma no mu ? 1 , 2 . ( a ) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yesaia 60 : 22 abam wɔ awiei bere yi mu ? ( b ) Dɛn na seesei ɛho abehia wɔ Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no mu ? BIBLE ka sɛ : “ Nea ɔyɛ ketewa koraa no bɛdan apem na nea osua adan ɔman kɛse . ” Sɛ wɔka sɛ yennya nkɔso wɔ honhom fam a , wote ase sɛn ? Mmerante ne mmabaa bɛyɛ dɛn de wɔn ahoɔden ayɛ Ahenni adwuma no ? 6 - 8 . ( a ) Ɛyɛɛ dɛn na aberante bi sesaa adwene a na ɔwɔ wɔ Onyankopɔn som adwuma no ho , na dɛn na efii mu bae ? ( b ) Yɛbɛyɛ dɛn ‘ aka ahwɛ ahu sɛ Yehowa ye ’ ? Esiane sɛ Yehowa ahyira me nti , mahu sɛ ɛsɛ sɛ meda no ase paa . Ɛno kanyan me ma meyɛ pii wɔ ne som adwuma no mu . Na wei ama manya nhyira pii . ” ( Kenkan Dwom 34 : 8 - 10 . ) Adɛn nti na ehia sɛ wunya ‘ ntoboase twɛn ’ ? Kristofo su ahorow bɛn na yebetumi anya , na adɛn nti na saa su ahorow no ho hia ? Dɛn na asafo no mufo bɛyɛ de ada wɔn ho adi sɛ wɔyɛ anokwafo ? Sɛ afoforo ne wo anni no yiye a , dɛn na wobɛyɛ de asuasua Yosef ? Sɛ afoforo ne wo anni no yiye a , dɛn na wobɛyɛ ? 14 , 15 . ( a ) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘ yɛma yɛn ani ba ’ ɔkwan a yɛfa so ka asɛmpa no so “ bere nyinaa ” ? ( b ) Sɛ nneɛma sesa a , wobɛyɛ dɛn ayɛ nsakrae wɔ wo som adwuma mu ? ( Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no , ne adaka a wɔato din , “ W’ani Gye Ho sɛ Wobɛsɔ Ɔkwan Foforo Ahwɛ ? ” ) Ɔkwan bɛn so na baguam adansedi betumi aboa ? 17 , 18 . ( a ) Wobɛyɛ dɛn anya akokoduru kɛse de ayɛ baguam adansedi ? ( b ) Sɛ woreyɛ asɛnka adwuma a , dɛn na wubetumi ayɛ de asuasua ɔkwan a Dawid faa so yii Yehowa ayɛ no ? Ɔka sɛ : “ Sɛ yɛreyɛ abusua som a , me ne me yere yɛ nhwehwɛmu de pɛ nsɛm a nkurɔfo bisa ne nea wɔka de yi wɔn ho ano ho mmuae . Yɛsan bisa Adansefo foforo adwene . ” ( Kenkan 1 Timoteo 4 : 15 . ) Wɔbɛka w’ahenni anuonyam ho asɛm , na wɔbɛka wo kɛseyɛ nso akyerɛ , na ama nnipa mma ahu wo nnwuma akɛse ne w’ahenni anuonyam hyerɛn . ” Sɛ wɔma wo asɛyɛde pii wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu a , dɛn na wobɛyɛ ama afoforo anya so mfaso ? Seesei Venecia ka sɛ : “ Mfaso wɔ fon so adansedi so paa ! ” Mfe mmiɛnsa a atwam ni na me yere wui . Afe a etwaam no , me babarima nso nyaa kar akwanhyia wui . ” Mfe mmienu atwam , na seesei a merekyerɛw mo yi , meyɛ mo nuabea Kristoni . ” Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛboa Bible asuafo ma wɔn ani gye ho sɛ wɔn ankasa besua Kyerɛwnsɛm no ? Yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn a wɔyɛ foforo ama wɔne afiewuranom ne afoforo abɔ nkɔmmɔ ? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho tete anuanom ma wɔbɛhwɛ Onyankopɔn nguan ? Adɛn nti na ehia sɛ yɛtete afoforo ma wɔfata ma asɛyɛde wɔ asafo no mu ? 3 , 4 . ( a ) Asɛm bɛn na Paulo kae a ɛkyerɛ sɛ , sɛ yesua Kyerɛwnsɛm no a , ɛbɛma yɛatumi ayɛ asɛnka adwuma no yiye ? ( b ) Dɛn na ɛsɛ sɛ yedi kan yɛ ansa na yɛaka akyerɛ yɛn Bible asuafo sɛ wɔn ankasa nsua Bible no ? Wohwɛ a , dɛn na ebetumi aboa obi a wo ne no sua ade ama wagye bere asua Bible daa ? Ebia wubebisa sɛ , ‘ Mɛyɛ dɛn atete obi a me ne no sua ade ama wasua Bible daa ? ’ Hyɛ no nkuran ma ɔnkenkan Ɔwɛn - Aban ne Nyan ! biara a ɛbɛba . ( a ) Wobɛyɛ dɛn aboa wo suani ama n’ani agye Bible ho wɔ ne komam ? ( b ) Sɛ Bible suani bi nya Kyerɛwnsɛm no ho anigye paa a , dɛn na ɔbɛyɛ ? Ɔkwan bɛn na Yesu faa so tetee wɔn a na wɔka asɛmpa no ? 8 , 9 . ( a ) Sɛ Yesu kɔto obi wɔ asɛnka mu a , ɔkwan bɛn na na ɔfa so ne no bɔ nkɔmmɔ ? ( b ) Dɛn na yɛbɛyɛ de aboa adawurubɔfo a wɔyɛ foforo ama wɔne nkurɔfo abɔ nkɔmmɔ sɛnea Yesu yɛe no ? 10 - 12 . ( a ) Sɛ obi kyerɛ asɛmpa no ho anigye a , dɛn na na Yesu yɛ ? ( b ) Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa adawurubɔfo a wɔyɛ foforo ama wɔatumi akyerɛkyerɛ nokware a ɛwɔ Bible mu no mu yiye akyerɛ nkurɔfo ? 13 , 14 . ( a ) Bible ka ebinom a wɔde nneɛma bɔɔ afɔre maa afoforo ho asɛm . Nea wɔyɛe no ka wo sɛn ? ( b ) Akwampa bɛn na wubetumi afa so atete adawurubɔfo a wɔyɛ foforo ne mmofra ama wɔadɔ wɔn nuanom ? Adɛn nti na ehia sɛ asafo mu mpanyimfo ma mmarima a wɔwɔ asafo no mu nkɔso ho hia wɔn ? 16 , 17 . ( a ) Dɛn na Paulo yɛ de kyerɛe sɛ Timoteo nkɔso ho hia no ? ( b ) Dɛn na asafo mu mpanyimfo bɛyɛ de atete anuanom mmarima yiye ama wɔabɛyɛ ahwɛfo wɔ asafo no mu daakye ? Afoforo a yɛbɛtete wɔn wɔ Yehowa som mu no , adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛho hia yɛn ? Sɛ woyere wo ho tete afoforo wɔ Yehowa som mu a , adɛn nti na ɛsɛ sɛ wunya ahotoso sɛ ebewie yiye ? Wɔsom me kwa , efisɛ wɔkyerɛkyerɛ nnipa ahyɛde . ’ Moagyaa Onyankopɔn mmara mu , na mukura nnipa atetesɛm mu . ” ​ — Mar . 7 : 6 - 8 . 3 “ Mma Wo Nsam Nngow ” Dɛn na Yehowa yɛe de hyɛɛ Mose , Asa , ne Nehemia nsam den ? Dɛn na yebetumi ayɛ de ahyɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea nsam den ? ( b ) Dɛn na ebetumi ama yɛn nsam agow ? Sɛ nhwɛso no , Bible ka nsa ho asɛm mpɛn ɔhaha pii . Wobɛyɛ dɛn akanyan wo ho na woahyɛ wo ho den de agyina tebea no ano na woakɔ so anya anigye ? ( b ) Dɛn na Onyankopɔn yɛe de buaa mpae a Nehemia bɔe no ? ( Kenkan Nehemia 1 : 10 ; 2 : 17 - 20 ; 6 : 9 . ) Ɛnnɛ , wugye di sɛ Yehowa de ne “ tumi kɛse ” ne ne “ nsa a ɛyɛ den ” no hyɛ n’asomfo den anaa ? 10 , 11 . ( a ) Dɛn na Satan reyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn nsam begow ? ( b ) Dɛn na Yehowa nam so hyɛ yɛn den na ɔma yɛn tumi ? Ɔnam atosɛm ne ahunahuna a aban ahorow , nyamesom akannifo , ne awaefo de ba so na ɔreyɛ saa . 13 , 14 . ( a ) Bere a onua bi yere wui no , dɛn na ɛhyɛɛ no den ? Mpaebɔ ne adesua aboa me ama matumi agyina me haw no ano . Mabehu sɛ ehia sɛ yɛne Yehowa nya abusuabɔ pa ansa na nsɛm bi a emu yɛ den ato yɛn . ” Dɛn na Onyankopɔn yɛ de tete yɛn ma yɛko tia yɛn atamfo ? Afei nso , ɔnam yɛn Bible ho nhoma , Kristofo nhyiam , amansin ne amantam nhyiam so boa yɛn . Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na bɔne anni yɛn so nkonim ? ( b ) Nnipa a Bible ka wɔn ho asɛm bɛn na yɛrebesusuw wɔn ho ? Dɛn na ɛboaa Yakob ma wampa abaw , na nhyira bɛn na onyae ? ( Kenkan Genesis 32 : 24 - 28 . ) Dɛn na ɛboaa Kristofo baanu bi ma wodii akɔnnɔ bɔne so ? Ɔtoaa so sɛ : “ Ɛno nti , migye di paa sɛ metumi akɔ so adi Yehowa nokware da biara . Meda Yehowa ase paa sɛ ɔnam n’ahyehyɛde no so boa yɛn ma yehu sɛnea yɛbɛbɔ yɛn bra yiye da biara da wɔ wiase bɔne yi mu . ” Momma yɛnhwɛ ababaa bi a ɔwɔ United States nso suahu . Ɔkae sɛ : “ Meda mo ase sɛ bere nyinaa moma yɛn nea yehia wɔ ne bere mu . Ɛyɛ a mete nka sɛ me paa na wɔkyerɛw saa nsɛm yi ma me . Mfe pii na manya biribi a Yehowa kyi ho akɔnnɔ , na mabɔ mmɔden araa sɛ mɛko atia . Ɛtɔ da a , na m’abam abu , na ɛyɛ me sɛ minnyae me ho mu . Minim sɛ Yehowa yɛ mmɔborɔhunufo na ɔde bɔne kyɛ . Nanso esiane sɛ mewɔ saa akɔnnɔ bɔne yi , na m’ani nso gye ho wɔ me komam paa nti , mete nka sɛ Yehowa remmoa me . Saa ɔhaw yi ama m’asetena ayɛ basaa . . . . Bere a mekenkan March 15 , 2013 , Ɔwɛn - Aban no mu asɛm bi a wɔato din ‘ Wowɔ “ Koma a Wode Behu ” Yehowa ? ’ no , ɛma mihuu paa sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔboa me . ” ( a ) Paulo tee nka sɛn wɔ apereperedi a na ɛrekɔ so wɔ ne mu no ho ? Mose Mmara no daa no adi sɛ Yehowa kyi ntade a sɛ obi hyɛ a , ɛyɛ den sɛ wubehu sɛ ɔyɛ ɔbarima anaasɛ ɔyɛ ɔbea . Dɛn na ebetumi aboa Kristofo ma wɔasisi gyinae pa wɔ wɔn ahosiesie ho ? Bere bɛn paa na ehia sɛ yɛhyɛ ntade a ɛfata ? Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ ‘ nnipa a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn . ’ ( Kenkan 1 Korintofo 10 : 32 , 33 . ) Dɛn na ɛbɛma onua bi agyaw abogyesɛ ? Ná Mose Mmara no hwehwɛ sɛ mmarima gyaw abogyesɛ . Nokwasɛm ne sɛ , asafo mu mpanyimfo binom agyaw abogyesɛ . Nanso , ebia anuanom binom beyi wɔn de . Ɛsɛ sɛ yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie ka afoforo sɛn ? Onua bi a ɔwɔ Germany kyerɛwee sɛ : “ M’akyerɛkyerɛfo bu ka a Bible ka sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ ade no sɛ anansesɛm bi . Ɛyɛ wɔn sɛ sukuufo no nyinaa gye adannandi di . ” Onuawa kumaa bi a ɔwɔ France kae sɛ : “ Sɛ m’akyerɛkyerɛfo te sɛ sukuufo no bi da so gye Bible di a , ɛyɛ wɔn nwonwa paa . ” ne The Origin of Life ​ — Five Questions Worth Asking . Foforo nso ne nhoma a wɔato din Is There a Creator Who Cares About You ? Masua saa nhomawa no mpɛn pii . ” Ɛma mihu sɛ wɔn a wɔyɛ mfiridwuma a wɔagye din paa no betumi asuasua abɔde mu nneɛma a ɛyɛ nwonwa no de , nanso wɔyɛ dɛn ara a wɔrentumi nyɛ biribi a ɛbɛto saa nneɛma no da . ” Adɛn nti na Onyankopɔn pɛ sɛ wode w’adwene yɛ adwuma ? ( Kenkan Romafo 12 : 1 , 2 ; 1 Timoteo 2 : 4 . ) Wɔn mu pii antena ase wɔ bere koro mu , na na wonnim wɔn ho mpo . Nanso , wɔn mu biara kaa biribi faa Ahenni no ho . ” Metenaa ase komm dwinnwen ho , na bere a mibehui sɛ , sɛɛ na aduan a wɔde di Twam afahyɛ no gyina hɔ ma nkɔmhyɛ bi no , ɛyɛɛ me nwonwa paa ! ” Onua aberante bi a ɔwɔ Britain kae sɛ : “ Nokwaredi a ɛte saa ho yɛ na . Wei ma yenya ahotoso paa sɛ Bible yɛ nhoma a efi Yehowa hɔ ampa . ” Onuawa ababaa bi a ɔwɔ Japan kyerɛwee sɛ : “ Bere a m’abusuafo de Bible nkyerɛkyerɛ yɛɛ adwuma no , yebenyaa anigye paa . Yebenyaa asomdwoe ne ɔdɔ , na baakoyɛ baa yɛn ntam . ” Ebinom nso koraa de , nea ama wonnye nni bio sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ne sɛ , nyamesom adi wɔn huammɔ . Ɔde kaa ho sɛ : “ Sɛ woyɛ nhwehwɛmu fa abɔde ketewa koraa a nkwa wom ho a , wubehu sɛ ɛyɛ nwonwa paa . ” Ɔkyerɛwee sɛ : “ Ofie biara obi na osi , na nea ɔyɛɛ nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn . ” Adɛn nti na ɛho hia paa sɛ wuhu wo mma yiye ? Nkakrankakra na yɛn mma de nya gyidi . ” Ɛyɛ a obisa me sɛ : ‘ Dɛn na Bible ka ? ’ ‘ Wugye nea ɛka no di ? ’ Ɔpɛ sɛ me ara mede me nsɛm ma mmuae , na ɔmpɛ sɛ mede ɔno anaa me maame nsɛm ma mmuae . Bere a merenyin no , sɛ wobisa me nsɛm a , na ɛsɛ sɛ mekyerɛkyerɛ nneɛma mu kɔ akyiri . ” Wɔde Bible buaa nsɛm a mibisaa wɔn no nyinaa . ” ( Kenkan Deuteronomium 6 : 5 - 8 ; Luka 6 : 45 . ) Enti sɛ ɛyɛ ampa sɛ biribi ketewaa a enni mũ a nkwa wom na ɛdannan bɛyɛɛ nneɛma akɛse a edi mũ paa a yehu nnɛ no a , adɛn nti na saa mmoa a na ɛwɔ hɔ teteete no di mũ na wɔn ho yɛ fɛ saa ? Ɛkaa me koma paa , na me ne me ba no bɔɔ ho nkɔmmɔ . ” Afei , ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔn mu biara nyɛ kɔfe kuruwa baako mma no . Maame no kae sɛ : “ Mmofra no tɔɔ wɔn bo ase paa . Bere a mibisaa wɔn nea enti a wɔampere wɔn ho no , wɔkae sɛ na wɔpɛ sɛ wɔyɛ kɔfe no sɛnea mepɛ no no ara . Meka kyerɛɛ wɔn sɛ , Onyankopɔn nso tɔɔ ne bo ase na ɔfrafraa mframa a ɛwɔ ewim no sɛnea sɛ yɛhome a ɛbɛboa yɛn . ” Sɛ wode dede a wimhyɛn yɛ toto anomaa sũ ho a , ɛte sɛn ? Nea ɔyɛɛ wimhyɛn ne nea ɔbɔɔ nnomaa , hena na onim nyansa paa ? ” Agya bi kae sɛ : “ Bɔ mmɔden sɛ wobɛfa ɔkwan foforo so akyerɛkyerɛ nneɛma bi a moasua ho ade pɛn mu . ” Efi wɔn mmofraase pɛɛ no , na me ne wɔn sua ade simma 15 da biara , gye nna a na yɛkɔ Kristofo nhyiam . Bere kɔɔ so no , minyaa nneɛma a na ɛkyere m’adwene ne nea na m’adwenem yɛ me nãã wɔ ho no pii ho mmuae wɔ asafo nhyiam ase , abusua adesua ase , anaa bere a m’ankasa meresua ade . Ɛno nti na ɛho hia paa sɛ awofo kɔ so kyerɛkyerɛ wɔn mma no . ” Momma mo mma nhu sɛ mugye di paa sɛ Yehowa wɔ hɔ . Awarefo no ka sɛ : “ Yɛka kyerɛ yɛn babea panyin no nso sɛ , ‘ Fa wo ho to Yehowa so koraa , fa nsi ne ahokeka kɔ so yɛ Ahenni adwuma no , na nnwinnwen pii . ’ Sɛ ɔyɛ saa na ohu nea efi mu ba a , ohu sɛ Yehowa reboa yɛn . Wei aboa no paa ma wabegye adi sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ , na ɔno na ɔma wɔkyerɛw Bible no . ” Adesua a edi kan no bɛma yɛahu sɛnea yɛn gyidi betumi anyin na akɔ so ayɛ den . Ma menkyerɛ nea ɛkɔfaa saa nkɔmmɔ yi bae . WƆWOO me December 10 , 1936 , wɔ Wichita , Kansas , U.S.A . Me na meyɛ m’awofo mma baanan no mu panyin . Emu hɔ ara na ɔsraani bi betwaam . Na oduruyɛfo no teɛɛm sɛ , “ Akoa yi yɛ ohufo . Ka biribi kyerɛ no ! ” Ɔsraani no hui sɛ ɔbarima no abow , enti ɔka kyerɛɛ no sɛ , “ Kɔ fie kɔda ma w’ani so ntetew wo ! ” Ná me papa wɔ mmeae mmienu a woyi ti wɔ Wichita , na na oduruyɛfo no ka wɔn a wobeyi wɔn ti wɔ hɔ no ho ! Me ne m’awofo rekɔ ɔmantam nhyiam wɔ Wichita , afe 1940 mfe no mu M’awofo yɛɛ akwampae adwuma wɔ hɔ , na wɔde wɔn bere no bi yɛɛ kua , na na wɔsan yɛn mmoa . Onua no san tɔn me kar no maa me . Ɔde gyee dɔla 25 . Wɔma yɛkɔsomee sɛ akwampaefo atitiriw wɔ Walnut Ridge , Arkansas . Afei wɔ afe 1962 no , yɛn ani gyei sɛ wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔ Gilead Sukuu . Yɛne Mary ne Chris Kanaiya rekɔ asɛnka wɔ Nairobi Ankyɛ na yɛwoo yɛn babea a odi kan , Kimberly . Asram 17 akyi na yɛwoo yɛn babea Stephany . Ná yɛtaa kɔbɔ ɔsẽsẽ wɔ baabi , na na yɛbɔ nkɔmmɔ bere a yɛreto ogya no . Ná yɛma wɔn a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma no bi bɛtena yɛn fie . Ɛhaw wɔn paa ma wosui , na wɔkae sɛ wɔpɛ sɛ yɛyɛ abusua adesua no . Enti yɛyɛɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔadɔ Yehowa . Akyiri yi a yɛn mmabea no san kɔɔ London Betel nsrahwɛ no , Kimberly nso hyiaa onua Brian Llewellyn a na ɔne Paul Norton yɛ adwuma wɔ Betel hɔ . Enti anyɛ yiye koraa no , wɔn baanu nyinaa twɛn kosii sɛ wodii mfe 23 ansa na wɔreware . Bere koro no ara , wɔtoo nsa frɛɛ Brian ne Kimberly ma wɔkɔyɛɛ adwuma wɔ London Betel , na akyiri yi , wɔma wɔkɔyɛɛ adwuma wɔ Malawi Betel . Ɛda a yesiim sɛ yɛrekɔ Ɔwɛn Aban Nteteebea wɔ Patterson no , n’adekyee na Linda frɛ bɔɔ yɛn amanneɛ sɛ Maame awu . Ɛno akyi no , yɛkɔɔ Zimbabwe ne Zambia kɔtoaa adekyerɛ no so . Bere a yɛrefi Malawi no , supɔw hinii yɛn bio . Brian ne Kimberly tu bɛtenaa yɛn mpɔtam hɔ afe 2006 . Ɛhɔ na wɔtetee wɔn mmabea baanu , Mackenzie ne Elizabeth . Paul ne Stephany da so wɔ Malawi . Adɛn nti na ɛho behia sɛ yɛsesa adwene a yɛwɔ wɔ ahɔho ho ? Bere a mifii wimhyɛn gyinabea hɔ no , awɔw dee me araa ma mifii ase sui . ” Yudafo a wɔka Hela kasa no nwiinwii sɛ wɔnhwɛ wɔn akunafo yiye . Sɛ yenim oo , sɛ yennim oo , yɛn mu biara amammerɛ da ne koma so paa . ( Kenkan 1 Petro 1 : 22 . ) Nya wɔn a wɔresua ɔman foforo so asetena no ho abotare . Ahyɛase no , ebia yɛrente wɔn nneyɛe ne sɛnea wosusuw nneɛma ho ase yiye . Dɛn na wɔn a wɔatu akɔtena obi man so no nso betumi ayɛ ? Saa a ɔyɛe no kyerɛ sɛ , na obu ɔman a wakɔ mu no amammerɛ . [ 1 ] ( nkyekyɛm 1 ) Wɔasesa din no . Woka wɔn a wɔresua kasa foforo no ho anaa ? ( Kenkan Nehemia 13 : 23 , 24 . ) ( b ) Yɛbɛyɛ dɛn adu yɛn botae no ho ? Ɛsɛ sɛ yehu sɛ , sɛ yɛresua nea yɛbɛka wɔ asɛnka mu , mmuae a yɛbɛma wɔ asafo nhyiam ase , anaa nea yɛbɛka wɔ ɔkasa bi a yɛbɛma mu a , ɛnkyerɛ sɛ yɛn ankasa de nea yɛrekenkan no bɛyɛ adwuma . Esiane sɛ mede m’adwene si kasa no a mepɛ sɛ mete no yiye so nti , Onyankopɔn Asɛm no a meresua no nka me koma yiye . Ɛno nti na migye bere sua Bible no ne asafo nhoma ahorow wɔ me kurom kasa mu no . ” Muriel kae sɛ : “ Sɛ woka sɛ ɔmma yɛnkɔka asɛm no wɔ kasa foforo mu pɛ a , na ne bo afuw . Nanso , kan no na n’ani gye ho sɛ ɔbɛka asɛmpa no wɔ Franse kasa mu . Ɛno ne yɛn kurom kasa . ” Serge nso kae sɛ : “ Bere a yehui sɛ kasa foforo no mma yɛn babarima no nnya nkɔso wɔ Yehowa som mu no , yɛsan kɔɔ asafo a na yɛwom no . ” Mommɔ mmɔden sɛ mobɛma Onyankopɔn Asɛm no adu mo mma komam ( Hwɛ nkyekyɛm 14 , 15 ) Nanso , ɛyɛ a yɛde Lingala kasa bobɔ asɛm a yɛbɛka no so , na ɛno nso na yɛde di agorɔ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn mma no betumi asua Lingala kasa no a ɛrenyɛ wɔn den . ” Mommɔ mmɔden sɛ mubesua kasa a wɔka wɔ baabi a mote no , na momma mmuae wɔ asafo nhyiam ase ( Hwɛ nkyekyɛm 16 , 17 ) Yesii gyinae nso sɛ , bosome biara yɛbɛkɔ asafo nhyiam baako wɔ Franse kasa mu , na yɛde akwamma bere nso kɔ ɔmantam nhyiam a wɔyɛ wɔ yɛn kurom kasa mu . ” ( Kenkan Romafo 15 : 1 , 2 . ) Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani gye Onyankopɔn Asɛm no ho ? Anuanom reka asɛmpa no wɔ nnwuma mu . Wɔredi obi a osiesie kar adanse . “ Gyidi ne awerɛhyem a yɛde twɛn biribi a yɛn ani da so . ” ​ — HEB . ( Kenkan Adiyisɛm 21 : 3 - 6 . ) Dɛn na ɛmaa Abraham ne n’abusua gyidi kɔɔ so yɛɛ den ? ( Kenkan 1 Yohane 5 : 14 , 15 . ) Sɔhwɛ ahorow bɛn na adiyifo bi hyiae a wɔn gyidi nti wotumi gyinaa ano ? Afoforo te sɛ Elia nso kyinkyin “ sare so ne mmepɔw so ne abodan ne asase so abɔn mu . ” Ɔkwan bɛn so na nea Noa yɛe no boa yɛn ma yɛte nea gyidi kyerɛ ase ? Nneɛma bɛn na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi ? Hebrifo 11 : 1 kyerɛkyerɛ gyidi mu wɔ akwan mmienu so . Woahu sɛ ɔde nnwuma kaa ne gyidi no ho , na ɛnam ne nnwuma so na ne gyidi wiee pɛyɛ . ” Yohane kae sɛ : “ Nea ogye Ɔba no di no wɔ daa nkwa ; nea ontie Ɔba no renhu nkwa , na Onyankopɔn abufuhyew wɔ no so . ” Nea ɛkyerɛ sɛ obi gye Kristo di ne sɛ obetie anaa obedi Yesu ahyɛde ahorow so . Gyidi ne ɔdɔ , nea ɛwɔ he na ɛho hia paa ? Yakobo bisaa ne nuanom a wɔasra wɔn no sɛ : “ Ɛnyɛ wiase no mu ahiafo na Onyankopɔn paw wɔn sɛ wɔmmɛyɛ adefo wɔ gyidi mu ne ahenni a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no no bɔ no adedifo ? ” Bere a nnipa adeda no , ne tamfo ba beduaa nwura bɔne wɔ awi no mu na ogyaw hɔ kɔe . Bere a eyiyii ahaban na ɛsow aba no , nwura bɔne no nso yii ne ho adi . ” Anidaso bɛn na Yehowa maa ne nkurɔfo nyae , na adɛn nti na na saa bɔhyɛ no yɛ nwonwa ? Yemmisa sɛ , ná da bi bɛba a Israelfo no betumi asan asom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so ? Enti yebetumi aka sɛ , Yehowa nkurɔfo ankɔ Babilon Kɛse no nkoasom mu afe 1918 . ( Kenkan 1 Petro 2 : 9 , 10 . ) ( Kenkan Mateo 13 : 24 , 25 , 37 - 39 . ) Yemmisa sɛ , ná da bi bɛba a nokware Kristofo bɛde wɔn ho na wɔayi wɔn anim asom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so anaa ? Bere bɛn na wɔn a wɔasra wɔn no dee wɔn ho fii Babilon nkoasom mu ? Onua Rutherford kae sɛ yɛnyɛ amantam nhyiam ho nhyehyɛe wɔ nkurow bi mu wɔ United States atɔe fam , na yɛmma akasafo nkɔhyɛ anuanom nkuran . ” 13 : 15 . Enti , ɛyɛ a metaa sũ , na mempɛ sɛ me ne wɔn bɛkasa mpo . Ɔpanyin no hui sɛ na nneɛma nkɔ yiye mma me saa da no . Mekaa nea ɛrehaw me no kyerɛɛ no , na ɔyɛɛ aso tiee me . Ɔsan nso twee m’adwene sii asɛm a Yesu kae sɛ , yɛn mu biara som bo sen nkasanoma bebree no so . Bere biara a mɛkae saa kyerɛwsɛm no , ɛka me koma paa . Dɛn na yebetumi asua afi sɛnea Yehowa , Yesu , ne Paulo hyɛɛ afoforo nkuran no mu ? ( Kenkan Ɔsɛnkafo 4 : 9 , 10 . ) Dɛn na yebetumi asua afi sɛnea Yesu ne n’asomafo no dii no mu ? Bere a ɔkɔfaa hɔnom na ɔkaa nsɛm bebree de hyɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no nkuran no , ɔbaa Hela . ” ( Kenkan Hebrifo 10 : 24 , 25 . ) ( Kenkan 1 Tesalonikafo 5 : 12 , 13 . ) Saa nkrataa no hyɛ yɛn nkuran paa . ” Andreas wɔ mma baanu , na ɔka sɛ : “ Sɛ wohyɛ mmofra nkuran a , ɛboa wɔn ma wɔne Yehowa ntam yɛ papa , na ɛma wɔn ho kokwaw . Ɛwom sɛ yɛn mma nim nea ɛteɛ de , nanso sɛ yɛhyɛ wɔn nkuran daa a , ɛma wɔyɛ adepa bere nyinaa . ” ( Kenkan Luka 21 : 1 - 4 ; 2 Korintofo 8 : 12 . ) ( Kenkan Adiyisɛm 2 : 18 , 19 . ) Mepɛ sɛ wuhu sɛ , sɛnea wotɔɔ wo bo ase kasae wɔ asɛnka agua no so ne bere a wo ne me nkutoo kasae no , ɛkaa me koma paa , na metee nka sɛ ɛyɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ . ” [ 1 ] ( nkyekyɛm 1 ) Wɔasesa edin ahorow no bi . ( b ) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu ? Bere a asafo ahorow no tiee akwankyerɛ kuw no , mfaso bɛn na wonyae ? ( Kenkan 3 Yohane 9 , 10 . ) ( Kenkan Mateo 5 : 23 , 24 ; 18 : 15 - 17 . ) Bible ka kyerɛ yɛn sɛ , ɛsɛ sɛ yɛkɔ asafo nhyiam daa . Ɛyɛ a wode jw.org yɛ adwuma wɔ asɛnka mu ne w’abusua som mu ? no ne nhomawa a wɔato din Henanom na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ ? Nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase ? Nneɛma pii nti na ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase ! Ɔno na yɛdan no . Ɛbɛsan ama yɛahu sɛnea anidaso a yɛwɔ sɛ yebenya akatua no bɛboa yɛn . Saa bere no , na madi mfe nwɔtwe pɛ . Nanso , mibisaa nsɛm pii efisɛ na mepɛ sɛ mete nneɛma ase . Enti bere biara a me papa nni fie no , me maame ne me suaa ade . Ɛno nti , me nso mihyiraa me ho so maa Yehowa . Enti me maame kae sɛ , me ne anuanom somfo ( seesei wɔfrɛ no ɔmansin sohwɛfo ) no mmɔ ho nkɔmmɔ . Onua no kae sɛ : “ Yɛ nea wopɛ sɛ woyɛ no ! ” Abosome nnan akyi no , mepaw onua bi sɛ nea me ne no bɛyɛ akwampae adwuma . Me maame nso ne onuawa foforo boom yɛɛ akwampae adwuma wɔ asafo foforo mu . Afe 1951 no , mehyehyɛɛ akwammisa krataa sɛ mepɛ sɛ mekɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu . Bere a na meda afiase no na wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔ Gilead adesuakuw a ɛto so 22 no bi . Ɛno akyi no , mefaa keteke kɔɔ South Lansing , New York , baabi a na sukuu no wɔ no . Me ne Janet wɔ Philippines nsupɔw pii no baako so Yɛda so ara resom wɔ baa dwumadibea wɔ Quezon City Wobɛyɛ dɛn anya “ Onyankopɔn asomdwoe ” ? Ɔkwan bɛn so na asafo no betumi aboa wo ama wo dadwen so atew ? ( Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no . ) ( b ) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu ? Nanso , wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa ? Odwontofo Dawid srɛɛ Yehowa sɛ : “ O Onyankopɔn , yɛ aso ma me mpaebɔ . ” Sɛ dadwen bi bɛtɔ yɛn so a , adɛn nti na ehia paa sɛ yɛbɔ mpae ? ( Kenkan Mateo 11 : 28 - 30 . ) Bere a Yesu kae sɛ : “ Munnnwinnwen ” no , na ɔkyerɛ sɛn ? Ɛda biara wɔ ne dadwen . Wobɛyɛ dɛn adi nsɛm bi a esisii bere bi a atwam ho adwinnwen so ? Nanso , ɛnsɛ sɛ woma biribi a ennya nsii ho dadwen anaa adwinnwen hyɛ wo so . Adɛn nti na wubetumi anya ahotoso sɛ abusuabɔ a wo ne Onyankopɔn wɔ no betumi ahyɛ wo den paa ? ( a ) Yɛbɛyɛ dɛn atow yɛn dadwen agu Onyankopɔn so ? Ɛyɛɛ dɛn na wɔmaa Paulo ne afoforo dee wɔn ho fii bɔne ne owu ho ? ( Kenkan Romafo 6 : 1 , 2 . ) Gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara si ? ( Kenkan Mmebusɛm 14 : 5 ; Efesofo 4 : 25 . ) Wonya “ honhom no ” sɛ nnipa a ‘ wɔretwɛn sɛ wobegye wɔn ayɛ mma , ogye a wobegye wɔn afi wɔn honam nipadua mu no . ’ ( Kenkan Romafo 4 : 20 - 22 . ) ( Kenkan Asomafo Nnwuma 18 : 2 - 4 ; 20 : 20 , 21 , 34 , 35 . ) Nsrahwɛfo pii ba Aveiro a ɛwɔ Portugal atifi fam bɛhwɛ sɛnea wɔyɛ nkyene . Adansefo a wɔwɔ hɔ no ka asɛmpa no kyerɛ wɔn a wɔtɔn nkyene a wɔyɛ wɔ hɔ no Dɛn bio na Bible no ka ? Onyankopɔn de yɛn pɛ ama yɛn . Nea edi kan no bɛma yɛahu nea ahobrɛase kyerɛ ne nea ɛkyerɛ sɛ obi nni ahobrɛase . Nneɛma a Yehowa de adom yɛn no , sɛn na ɔpɛ sɛ yɛde yɛ adwuma ? Yɛhwɛ kyerɛwnsɛm yi nyinaa a , yehu sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara , na yɛatumi aboa yɛn ho ne nnipa foforo . Noa tenaa wiase a “ na amumɔyɛ ” ne brabɔne ahyɛ mu mã mu . Ɔtaa a yehyia wɔ asɛnka mu ( Hwɛ nkyekyɛm 6 - 9 ) 6 , 7 . ( a ) Dɛn na na ɛboro Noa ahoɔden so ? ( b ) Dɛn na ɛma yɛne Noa tebea no di nsɛ ? Yɛn nso , yɛte wiase a nnipa abɔnefo atwa yɛn ho ahyia mu . Nanso yenim sɛ Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛsɛe wɔn nyinaa . Seesei , yɛrentumi nhyɛ nkurɔfo sɛ wontie “ Ahenni ho asɛmpa ” a yɛreka no . Nea Noa tumi yɛe : Nea na ɛboro Noa ahoɔden so no , wamma no ammu n’abam . Ɔde n’adwene sii nea obetumi ayɛ so mmom . Ɛbaa saa no , dɛn na Dawid yɛe ? Bɔne a yɛayɛ ( Hwɛ nkyekyɛm 11 - 14 ) 11 , 12 . ( a ) Dawid yɛɛ bɔne no , dɛn na na ɛboro n’ahoɔden so sɛ ɔbɛyɛ ? Nea na ɛboro Dawid ahoɔden so : Bɔne a Dawid yɛe ne ɛho nsunsuanso no , na Dawid rentumi nyɛ ho hwee . Afei nea ne bɔne no akɔfa aba nso , Yehowa bɛboa no ama wagyina ano . ( Kenkan Yakobo 5 : 14 - 16 . ) Ná Samuel rentumi nhyɛ wɔn . Enti ɔde n’asɛm maa Yehowa . Odii Yehowa nokware kosii sɛ owuu afe 2015 . Hwɛ nea wubetumi ayɛ , ɛnyɛ nea worentumi nyɛ . ” ( b ) Afe 2017 afe asɛm no , wobɛyɛ dɛn de ayɛ adwuma ? Afe 2017 afe asɛm : “ Fa Wo Ho To Yehowa So na Yɛ Papa ” ​ — DW . 37 : 3 Sɛ obi si gyinae a , dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yebu gyinae a wasi no ? Meyi me yam adɔ wɔn . ” 4 , 5 . ( a ) Hena na Onyankopɔn dii kan de ne pɛ maa no , na ɔde yɛɛ adwuma sɛn ? ( b ) Asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bisa yɛn ho ? Sɛ yebenya nkwa oo , yɛrennya nkwa oo , sɛnea yɛde yɛn ahofadi bɛyɛ adwuma no na ɛbɛkyerɛ . Adam hwɛɛ sɛnea aboa biara te , na ɔmaa no edin a ɛfata no . Ahofadi a Onyankopɔn de ama yɛn no , dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛ da ? Fa no sɛ wode biribi a ɛsom bo akyɛ w’adamfo bi . Ade baako bɛn na yɛyɛ a , ɛbɛma yɛde ahofadi a Onyankopɔn de ama yɛn no ayɛ adebɔne ? ( Kenkan 1 Petro 2 : 16 . ) Dɛn na yesua fi nnyinasosɛm a ɛwɔ Galatifo 6 : 5 no mu ? Kae Bible nnyinasosɛm a ɛwɔ Galatifo 6 : 5 no . Wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ w’ani gye ahofadi a Onyankopɔn de ama wo no ho ? ( a ) Adwene bɛn na nnipa pii wɔ wɔ ahobrɛase ho ? Dɛn na ɛma yehu sɛ obi nni ahobrɛase ? Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ nkurɔfo nneyɛe so bu wɔn atɛn ? Sɛ ɔsom hokwan a yɛwɔ sesa a , dɛn na yebetumi asua afi Yesu hɔ ? ( Kenkan Galatifo 6 : 4 , 5 . ) ( Kenkan Ɔsɛnkafo 11 : 4 - 6 . ) Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛakɔ so abrɛ yɛn ho ase daa ? Adɛn nti na ɛyɛ den ma ebinom sɛ hokwan a wɔwɔ no , wɔde bi bɛma afoforo ? Enti ɔka kyerɛɛ Natan sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Dawid sɛ : “ Ɛnyɛ wo na wubesi ofie ama matena mu . ” ( Kenkan Numeri 11 : 24 - 29 . ) Dabi , minyae a anka Yehowa nkoa nyinaa yɛ adiyifo , efisɛ Yehowa de ne honhom bɛma wɔn ! ” ( Kenkan Filipifo 2 : 20 - 22 . ) Baa dwumadibea no menaa yɛn nsɛmma nhoma 800 sɛ yɛmfa nyɛ asɛnka adwuma no . Mekyerɛɛ ade wɔ Manaus , Belém , Fortaleza , Recife , ne Salvador . August , 1964 na yekoduu Lisbon , Portugal . Ahyɛde a Yesu de mae sɛ yɛnka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no , ahyehyɛde yi nko ara ne ahyehyɛde a ɛredi so ! ” Bere a yɛrekyerɛw saa asɛm yi na Douglas Guest wui . Owui October 25 , 2015 , na na wasom Yehowa nokware mu . Afei nso , “ Yehowa honhom sii Dawid so . ” Adɛn nti na na Onyankopɔn pɛ sɛ ne nkurɔfo no nya obu ma akannifo a na wodi Israel anim no ? ( Kenkan Hebrifo 1 : 7 , 14 . ) Bible frɛ Mmara a wɔde maa Israelfo no sɛ “ Mose mmara . ” 11 , 12 . ( a ) Dɛn na na ɛsɛ sɛ Yosua ne ahene a wodii Onyankopɔn nkurɔfo so no yɛ ? Bible ka sɛ : “ Bere a ɔhene tee mmara nhoma no mu nsɛm ara pɛ , osuan n’atade mu . ” Adɛn nti na Yehowa teɛɛ wɔn a na wodi ne nkurɔfo anim no bi so ? Akannifo no bi nso wɔ hɔ a , Yehowa teɛɛ wɔn so anaasɛ oyii wɔn fii hɔ de afoforo sii wɔn ananmu . Dɛn na ɛkyerɛ sɛ honhom kronkron na ɛmaa Yesu nyaa tumi ? Bere a wɔbɔɔ Yesu asu akyi bere tiaa bi no , “ abɔfo bae , na wofii ase som no . ” Aka nnɔnhwerew kakraa bi ama Yesu awu no , “ ɔbɔfo bi fi soro yii ne ho adi kyerɛɛ no hyɛɛ no den . ” Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm no kyerɛɛ Yesu kwan wɔ n’asetena mu ne ne nkyerɛkyerɛ mu ? Wɔsom me kwa , efisɛ wɔkyerɛkyerɛ nnipa ahyɛde . ” Obiara nyɛ papa gye obiako pɛ , Onyankopɔn . ” Bible ka sɛ : “ Ɛhɔ ara na Yehowa bɔfo bɔɔ no , efisɛ wamfa anuonyam no amma Onyankopɔn ; na ɔdɔree mmoawa wui . ” Yebenya saa nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu . Ɛbɛyɛ sɛ saa nhoma a wohui no ne nhoma a Mose ankasa kyerɛwee no . Adɛn nti na na ɛho hia asomafo no ne Yehowa sɛ wɔpaw obi si Yuda Iskariot ananmu ? Saa kuw yi na wɔde akwankyerɛ maa asafo ahorow no nyinaa . — Aso . 15 : 2 . 5 , 6 . ( a ) Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron maa akwankyerɛ kuw no nyaa tumi ? ( d ) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm no kyerɛɛ akwankyerɛ kuw no kwan ? Nea edi kan , honhom kronkron maa akwankyerɛ kuw no nyaa tumi . Kyerɛwnsɛm no na na ɛkyerɛ saa mpanyimfo a wɔde honhom asra wɔn no kwan . Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yesu dii tete Kristofo no anim ? ( a ) Bere bɛn na Yesu paw “ akoa nokwafo ne ɔbadwemma ” no ? Onua Russell wu akyi mfe mmiɛnsa , wɔ afe 1919 no , Yesu paw “ akoa nokwafo ne ɔbadwemma ” no . July 15 , 2013 , Ɔwɛn - Aban no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ , “ akoa nokwafo ne ɔbadwemma ” no yɛ Kristofo mmarima kakraa bi a wɔasra wɔn , na wɔn na wɔbom yɛ Akwankyerɛ Kuw no . Sɛ saa a , yɛbɛyɛ dɛn abua asɛm a Yesu bisae no ? Obisae sɛ : ‘ Hena koraa ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ? ’ Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron aboa Akwankyerɛ Kuw no ? Ɛnde hena paa na ɔredi Onyankopɔn nkurɔfo anim nnɛ ? Adɛn nti na woasi wo bo sɛ wubedi yɛn Kannifo Yesu akyi ? Bere a Yesu san kɔɔ soro no , wannyaw n’akyidifo no hɔ kwa . Ɛrenkyɛ , Yesu bɛkyerɛ yɛn kwan akɔ daa nkwa mu . Efi afe 1955 reba no , wɔbɛfrɛɛ saa adwumakuw no Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania . Yehowa ‘ kyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu ’ 1 , 2 . ( a ) Dɛn na Yehowa ama yɛahu ? BIBLE mu asɛm a edi kan no yɛ tiawa , nanso emu dɔ . Ɛka sɛ : “ Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase . ” ( d ) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho ? Na adɛn nti na Yesu agyede afɔre no yɛ ade titiriw a ɛbɛma Onyankopɔn atirimpɔw abam ? Akyɛde a Yehowa de maa Adam ne Hawa no bi ne dɛn ? Ɛte sɛ nea na Satan reka sɛ : ‘ Wokyerɛ sɛ muntumi nyɛ nea mopɛ ? ’ Nanso , Yehowa di n’ankasa gyinapɛn so ; ommu so da . ( Kenkan Deuteronomium 32 : 4 , 5 . ) Adɛn nti na agyede no yɛ akyɛde a ɛsom bo paa ? Agyede no a Yehowa de mae no ma ɔhweree ade kɛse paa . Bere bɛn na Yehowa bɛyɛ “ ade nyinaa ama obiara ” ? Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ Yehowa din no da yɛn koma so ? ( Kenkan 1 Petro 1 : 15 , 16 . ) Ɛwom sɛ yɛtɔ sin , nanso Yehowa tumi bu yɛn treneefo . Adɛn ntia ? Wɔn a wohyira wɔn ho so ma Yehowa no , ogye wɔn tom sɛ n’asomfo . Asɛm a edi hɔ a Yesu kae wɔ mpae a ɔkyerɛɛ n’asuafo no mu ne sɛ : “ W’apɛde nyɛ hɔ . ” Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa a wɔawuwu anya agyede no so mfaso ? Dɛn ne Onyankopɔn apɛde ma “ nnipakuw kɛse ” no ? 4 : 12 , 20 . ( a ) Nhyira bɛn na yenya fi Yehowa hɔ nnɛ ? ( Kenkan Asomafo Nnwuma 3 : 19 - 21 . ) Ɛnyɛ nkwa nko na Yehowa de akyɛ yɛn , na mmom wama yɛn nneɛma pii a ɛsen saa . Bible ka sɛ : “ Yɛn ankasa abehu , na yɛagye ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma yɛn no adi . Ɛtɔ da a , ɛsɛ sɛ yɛsesa gyinae bi a yɛasi anaa ? Adesua yi bɛma yɛanya saa nsɛmmisa no ho mmuae . Nanso , Yehowa buu saa ahene no nyinaa sɛ wɔwɔ koma a edi mũ . Yɛn nso ɛ ? Onyankopɔn bebu yɛn sɛ yɛn koma di mũ ɛmfa ho mfomso ahorow a yedi anaa ? Ná yɛte afuw ketewa bi mu wɔ South Dakota apuei fam . Ná yɛn abusua no ani kũ kuayɛ ho paa , nanso na ɛnyɛ ɛno ne ade a yɛn ani kũ ho titiriw wɔ yɛn asetenam . M’awofo bɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Adansefo afe 1934 . Me papa Clarence bɛyɛɛ asafo somfo ( nea seesei wɔfrɛ no mpanyimfo ntam nkitahodifo no ) wɔ yɛn asafo ketewa a na ɛwɔ Conde , South Dakota no mu . Akyiri yi , me wɔfa Alfred nso bɛyɛɛ asafo somfo wɔ asafo koro no ara mu . Ná yɛn abusua no kɔ Kristofo nhyiam daa . Saa ara na me nso midii mfe nsia na mebɛyɛɛ Ahenni dawurubɔfo . Ná yɛn abusua no ani gye amantam ne amansin nhyiam ho paa . Bible ka sɛ : “ Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo . ” Ná anyansafo bebree wɔ m’abusua mu a wɔboaa me wɔ gyinae a misii sɛ mɛyɛ ɔkwampaefo no mu . Sɛ wɔresom asafo ahorow a ɛbɛn yɛn no a , ɛtɔ mmere bi a na wɔto nsa frɛ me ma me ne wɔn kɔyɛ asɛnka adwuma no . Bere a mekɔɔ Betel foforo . Ná WBBR radio adwumayɛbea no wɔ afuw a na ɛwɔ Staten Island no mu . Betel abusua no mufo bɛyɛ 15 kosi 20 pɛ na wɔma wɔkɔyɛɛ adwuma wɔ afuw no mu . Ná yɛn mu dodow no ara yɛ mmabun , na na yenni osuahu pii . Adwuma a na Onua Peterson yɛ wɔ Betel no , na ɔyɛ no yiye paa , nanso wammu n’ani angu asɛnka adwuma no so da . Me ne Angela , afe 1975 . Ná wɔrekobisabisa yɛn nsɛm wɔ television so Mfe mmiɛnsa akyi no , wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛsom wɔ Betel . Adɛn nti na ɛfata sɛ yedi Yehowa ne Kristo ni ? Wɔbɔɔ nnipa wɔ “ Onyankopɔn suban so . ” 8 , 9 . ( a ) Yehowa Adansefo bu aban mpanyimfo sɛn ? ( Kenkan 1 Timoteo 5 : 17 . ) Afei nso ɛnsɛ sɛ wɔfrɛ mo ‘ akannifo , ’ efisɛ mo Kannifo yɛ biako , ɔne Kristo . Obiara a ɔma ne ho so no wɔbɛbrɛ no ase , na obiara a ɔbrɛ ne ho ase no wɔbɛma no so . ” Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma afoforo sisi gyinae ma yɛn ? ( a ) Sɛ yebetumi asisi gyinae a nyansa wom a , dɛn na ɛsɛ sɛ yenya mu gyidi ? Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛasisi gyinae a nyansa wom ? ( Kenkan 2 Korintofo 1 : 24 . ) Ahwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ boa afoforo ma wohu sɛnea wɔn ankasa besisi wɔn gyinae ( Hwɛ nkyekyɛm 11 ) Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo nso gye bere yɛ nhwehwɛmu . Ɛde anigye ne asomdwoe bɛba m’abusua mu anaa ? Ɛkyerɛ sɛ mewɔ abotare , na me yam ye anaa ? ’ Adɛn nti na Yehowa pɛ sɛ yɛn ankasa sisi yɛn gyinae ? Koma a edi mũ a yɛde bɛsom Yehowa no kyerɛ sɛn ? Ahene baanan no mu hena na wopɛ sɛ wusuasua no , na adɛn ntia ? ( Kenkan 2 Beresosɛm 14 : 11 . ) Dɛn na wo koma bɛka wo ama woayɛ ? Asa ba Yehosafat “ nantew ne papa Asa akwan so . ” ( Kenkan 2 Beresosɛm 20 : 2 - 4 . ) ( Kenkan Yesaia 37 : 15 - 20 . ) ( Kenkan 2 Ahene 20 : 1 - 3 . ) ( Kenkan 2 Beresosɛm 34 : 18 , 19 . ) ( b ) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu ? Adɛn nti na yɛrebesusuw nea Yuda ahene baanan no yɛe no ho ? ( Kenkan 2 Beresosɛm 16 : 7 - 9 . ) ( Kenkan 2 Beresosɛm 32 : 31 . ) Ɛno nti , nnipa pii kamfoo no wɔ ɔkasa a ɔmae no ho . ( Kenkan 2 Beresosɛm 35 : 20 - 22 . ) Bible ka sɛ asɛm a Neko kae no , na “ efi Onyankopɔn anom . ” Enti momma yennwinnwen Bible mu nsɛm yi ho , na yɛnna Yehowa ase sɛ wama wɔakyerɛw saa nsɛm yi ama yɛn ! Ɛbɔ dodow sɛn na woahyɛ Yehowa ? Na ɛbɔ a wohyɛe bere a worehyira wo ho so anaa ɛbɔ a wohyɛe bere a woreware no nso ɛ ? Sɛ yegye di sɛ wɔabu yɛn atɛnkyea anaa yehu sɛ atɛnkyea bi rekɔ so a , ebetumi asɔ yɛn gyidi , yɛn ahobrɛase , ne yɛn nokwaredi ahwɛ . “ Wiase ne n’akɔnnɔ retwam , na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tena hɔ daa . ” — 1 YOH . 2 : 17 . Dɛn na Yehowa de bɛba nnebɔneyɛfo ne ahyehyɛde ahorow a enni nokware no so ? Bible ka sɛ : ‘ Wiase no retwam . ’ Esum anaa esum kabii biara nni hɔ na abɔnefo ahintaw mu . ” Obiara nni hɔ a obetumi de ne ho asie Yehowa Nyankopɔn . Saa dwom no san ka sɛ : “ Treneefo benya asase no adi , na wɔatena so daapem . ” Henanom ne “ ahobrɛasefo ” ne “ treneefo ” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no ? Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ nhyehyɛe pa bɛkɔ so wɔ asase foforo no so ? Ahyehyɛde bi bɛka asase so wɔ Harmagedon akyi anaa ? Enti nhyehyɛe pa bɛkɔ so wɔ “ asase foforo ” no so . Nneyɛe bɔne bɛn na ɛtaa kɔ so wɔ baabi a wote no , na ɔhaw bɛn na ɛde ba wo ne w’abusua so ? Dɛn na yesua fi atemmu a Yehowa de baa Sodom ne Gomora so no mu ? ( Kenkan 2 Petro 2 : 6 - 8 . ) ( Kenkan Dwom 46 : 8 , 9 . ) Harmagedon akyi no , nneɛma bɛn na yɛrenhu bio ? Ma ɛho nhwɛso . ( b ) Dɛn na yɛbɛyɛ na sɛ saa wiase bɔne yi twam a , yɛakɔ so atena ase ? BIBLE ka sɛ : “ So asase nyinaa temmufo no renyɛ nea ɛteɛ anaa ? ” Efisɛ Yehowa na ɔyɛ atɛntrenee ne trenee ho nhwɛso a ɛsen biara . Kristofo hwɛ kwan sɛ wɔn a wonni Kristofo asafo no mu no betumi abu wɔn ntɛnkyea . Afe 1946 no , ɔkɔɔ Gilead Sukuu adesuakuw a ɛto so nwɔtwe no bi wɔ New York , U.S.A . Bere a owiee sukuu no , wɔma ɔkɔyɛɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ Switzerland . Nhwɛso bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi ne nea edi hɔ no mu ? Adesua yi mu no , yebesusuw Abraham nanankansowa Yosef ho . Yɛbɛsan asusuw amane a ohui wɔ ne nuanom nsam ho . 10 , 11 . ( a ) Ntɛnkyea bɛn na wobuu Yosef ? ( Kenkan Mateo 5 : 23 , 24 ; 18 : 15 . ) Sɛ yedi Yehowa ne yɛn nuanom nokware a , ɛbɛboa yɛn ma yɛrenni mfomso a ɛte saa . Nea ɛsen biara no , wamma afoforo sintɔ ne wɔn nneyɛe bɔne no antetew ɔne Yehowa ntam . Sɛ wobu yɛn atɛnkyea wɔ asafo no mu a , adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɛn Yehowa kɛse mmom ? Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ “ asase nyinaa temmufo no ” mu ahotoso ? Hwɛ Willi Diehl asetenam nsɛm wɔ November 1 , 1991 , Ɔwɛn - Aban no mu . Asɛmti no ne “ Yehowa ne Me Nyankopɔn a Mede Me Ho Mɛto No So . ” ( Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no . ) ( b ) Nsɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae wɔ adesua yi mu ? Mmarima ne mmea a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔhyɛ Yehowa bɔ no betumi asuasua wɔn nhwɛso pa no . Sɛ yɛhyɛ Onyankopɔn bɔ a , aniberesɛm bɛn na ɛwom ? Dɛn na yebetumi asua afi Yefta ne Hanah hɔ ? 2 , 3 . ( a ) Dɛn ne bɔhyɛ ? ( b ) Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka fa ɛbɔ a yɛhyɛ Onyankopɔn ho ? Ɔnhwɛ nni nea waka no nyinaa so . ” ( a ) Sɛ yɛhyɛ Onyankopɔn bɔ a , aniberesɛm bɛn na ɛwom ? ( b ) Dɛn na yɛpɛ sɛ yesua fi Yefta ne Hanah hɔ ? ( a ) Ná ɛyɛ mmerɛw ma Yefta ne ne babea no sɛ wobedi ɛbɔ a Yefta hyɛɛ Onyankopɔn no so anaa ? Yefta kae sɛ : “ Manya abue m’ano ahyɛ Yehowa bɔ , enti mintumi nsan m’akyi . ” ( b ) Ɛbɔ a Hanah hyɛe no , na ɛbɛka Samuel sɛn ? Hanah de Samuel kɔmaa Ɔsɔfo Panyin Eli wɔ asɔrefie a na ɛwɔ Silo no . Hanah kae sɛ : “ Abofra yi ho mpae na mebɔe sɛ Yehowa nyɛ m’abisade a mede too n’anim no mma me no . Ɛbɔ a obi hyɛ bere a ɔreware no , ɛno ne ɛbɔ ahorow a ɛho hia paa no mu nea ɛto so mmienu . Dɛn na Bible ka fa awaregyae ne ntetewmu ho ? ( Kenkan 1 Korintofo 7 : 10 , 11 . ) Awarefo bi kae sɛ : “ Saa nhomawa yi a yɛresua no ama yɛn aware asɔ sen bere biara . ” Seesei nneɛma rekɔ yiye ma yɛn ankasa . ” 18 , 19 . ( a ) Dɛn na Kristofo pii a wɔyɛ awofo ayɛ ? ( b ) Wɔn a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma titiriw no , dɛn na yebetumi aka afa wɔn ho ? Ɛbɔ a wohyɛe bere a wode wo ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma titiriw mu ( Hwɛ nkyekyɛm 19 ) Saa ara nso na wɔn nyinaa agye atom sɛ wɔrenhwehwɛ asetenam nneɛma pii , na wɔrenyɛ honam fam adwuma biara bere a wommisaa hokwan . Hwɛ Nkekaho a wɔato din “ Nea Bible Ka Wɔ Awaregyae ne Ntetewmu Ho ” no . Ɛwɔ “ Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu ” nhoma no mu . Sɛ woyɛ ɔtreneeni a , ɛma ade nyinaa so Tumfoɔ no ani gye anaa , na mfaso bi wɔ so ma no sɛ wo kwan yɛ pɛ ? ” ( b ) Ɛyɛɛ dɛn na Israelfo no dii Yabin asraafo no so nkonim ? ( Kenkan Atemmufo 4 : 14 - 16 . ) Kison asubɔnten hohoroo wɔn kɔe . ” Hwɛ asɛm a yɛato din “ Sikasɛm Ho Dadwene ” a ɛwɔ July 1 , 2015 , Ɔwɛn - Aban mu no . 1 , 2 . ( a ) Atɛnkyea bɛn na wobuu Nabot ne ne mmabarima no ? ( b ) Suban mmienu bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu ? Ná Nabot yɛ onipa bɛn , na adɛn nti na wantɔn ne bobeturo amma Ɔhene Ahab ? Ná Nabot di Yehowa nokware wɔ bere a na Israelfo dodow no ara resuasua Ɔhene Ahab ne ne yere Ɔhemmaa Yesebel ɔbɔnefo no . Kenkan 1 Ahene 21 : 1 - 3 . Nabot kyerɛkyerɛɛ mu nidi mu sɛ : “ Ɛmpare me sɛ megyina Yehowa anim de m’agyanom agyapade ama wo . ” Adɛn nti na na ahobrɛase bɛbɔ Nabot abusuafo ne ne nnamfo ho ban ? ( Kenkan Deuteronomium 32 : 3 , 4 . ) ( b ) Akwan bɛn so na ahobrɛase bɔ yɛn ho ban ? Sɛ asafo mu mpanyimfo de gyinae bi a wɔasi to gua na wo ne wɔn nyɛ adwene a , dɛn na wobɛyɛ ? Asɛm bɛn na yɛrebesusuw ho , na adɛn ntia ? Ɔkwan bɛn so na wɔteɛɛ Petro so , na nsɛmmisa bɛn na ɛsɔre ? Nokwasɛm ne sɛ , akyiri yi mpo , Onyankopɔn honhom kaa Petro ma ɔkyerɛw nkrataa mmienu a ɛbɛyɛɛ Bible no fã . 3 Sɛnea Yɛbɛboa “ Ahɔho ” Ama ‘ Wɔde Anigye Asom Yehowa ’ Adesua a ɛto so mmienu no nso bɛma yɛahu sɛnea sɛ awofo a wɔyɛ atukɔfo de Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma a , ɛbɛma wɔasisi gyinae a ɛbɛboa wɔn mma . Yehui sɛ nkurɔfo de mmirika reguan , na na wɔretotow atuo . Me ne me nuanom a na yɛyɛ 11 ne yɛn awofo guan peree yɛn nkwa . Yɛn nneɛma kakraa bi pɛ na yetumi de guanee . Dɛn na ɛmaa Yesu ne n’asuafo no pii bɛyɛɛ atubrafo ? Ɔkae sɛ : “ Sɛ wɔtaa mo wɔ kurow biako mu a , munguan nkɔ foforo mu . ” ( b ) wɔte atubrafo atenae ? Me nan honhonoe paa ma meka kyerɛɛ m’abusuafo sɛ wonnyaw me hɔ nkɔ . Ná me papa mpɛ sɛ obegyaw me ama atuatewfo no , enti ɔboaa me . Ná wodi nseku , wɔwe nsã , tow kyakya , bɔ korɔn , na na wɔn bra nso asɛe . ” ( Kenkan 1 Yohane 3 : 17 , 18 . ) ( b ) Adɛn nti na ehia sɛ yenya atubrafo ho abotare ? Ɛsɛ sɛ yɛma wohu sɛ yedwen wɔn ho . ( b ) Dɛn na atubrafo betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔn ani sɔ nea afoforo yɛ ma wɔn ? Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔyɛ atubrafo ? ( a ) Sɔhwɛ bɛn na ehia sɛ atubrafo ko tia ? Awiei koraa no , ɔmaa bag a na hwee nnim bio no so kyerɛɛ yɛn , na ɔserew kyerɛɛ yɛn kae sɛ : ‘ Moahu ? Nneɛma a yɛatow agu no , emu biara nni hɔ a yehia ankasa ! ’ ” — Kenkan 1 Timoteo 6 : 8 . Ehia sɛ wohu sɛ wɔn mfɛfo Kristofo wɔ ayamhyehye ne ɔdɔ a Yehowa wɔ no bi ma wɔn ho wɔn ho . Wɔabara asɛmpaka adwuma no wɔ aman a atubrafo a wɔwɔ hɔ nnɛ no pii fi mu . Onuawa no kae sɛ : “ Anuanom a wɔwɔ hɔ no gyee wɔn te sɛ nea wɔyɛ wɔn abusuafo . Wɔmaa wɔn aduan , ntade , dabere , ne sika a wɔde bɛforo kar . Henanom bio na wobegye ahɔho atena wɔn fie esiane sɛ wɔne wɔn som Onyankopɔn koro ara nti ? Yehowa Adansefo nkutoo na wɔbɛyɛ saa ! ” — Kenkan Yohane 13 : 35 . Sɛ atubrafo kɔ baabi a , ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ hɔ no yɛ ntɛm de akwankyerɛ a ɛwɔ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no ti 8 , nkyekyɛm 30 no yɛ adwuma . Enkosi sɛ mpanyimfo no bɛte biribi afi asafo a otubrafo no fi mu hɔ no , wobetumi de anifere abisabisa otubrafo no nsɛm bi afa asafo a ofi mu ne n’asɛnka adwuma ho . “ Biribiara nni hɔ a ɛma minya anisɔ kɛse sen eyinom , sɛ mɛte sɛ me mma nam nokware no mu . ” — 3 YOH . 4 . Awofo bɛyɛ dɛn ayɛ nhwɛso pa ama wɔn mma ? Dɛn na ɛbɛboa mmusua ti ama wɔahu kasa a wɔne wɔn mmusua bɛkɔ asafo nhyiam wom ? Dɛn na afoforo betumi ayɛ de aboa awofo a wɔyɛ atukɔfo ne wɔn mma ? 1 , 2 . ( a ) Ɔhaw bɛn na atukɔfo mma pii hyia ? ( b ) Nsɛmmisa bɛn na adesua yi bɛma yɛanya ho mmuae ? Nanso , bere a mifii sukuu ase no , m’ani begyee kasa a wɔka wɔ ɔman a yɛte mu no ho mmom . Mfe kakraa bi akyi no , na ɔman a yɛte mu no kasa nko ara na meka . Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam a wɔyɛ wɔ m’awofo kasa mu a , na mente nea wɔka no ase . 3 , 4 . ( a ) Awofo bɛyɛ dɛn ayɛ nhwɛso pa ama wɔn mma ? ( b ) Dɛn na ɛnsɛ sɛ awofo hwɛ kwan sɛ wɔn mma bɛyɛ ? Sɛ wo mma hu sɛ ‘ wohwehwɛ Ahenni no kan ’ a , ɛbɛma wɔasua sɛnea wɔde wɔn ho bɛto Yehowa so ama wɔanya nea wohia da biara . Ɛnsɛ sɛ wosoa nnwuma pii gu wo ho so araa ma enti worennya wo mma ho adagyew mpo . Sɛ wo mma sua wo kurom kasa a , mfaso bɛn na wobenya ? Awofo , sɛ saa na mo mma te a , mubetumi abɔ mmɔden asua ɔman a mote mu no kasa kakra anaa ? Anka , woremmɔ mmɔden sɛ wubesua mum kasa na ama woatumi ne no abɔ nkɔmmɔ anaa ? Saa ara na ɛsɛ sɛ wunya bere ma wo ba a kasa foforo na otumi ka no yiye no . Ɛnte saa anaa ? Sɛ worehyia ɔhaw a ɛte saa mpo a , wubetumi aboa wo mma ama wɔabehu Yehowa na wɔadɔ no . Nanso , na yehu sɛ osua ade , ɔbɔ mpae , na ɔyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛyɛ abusua som nnawɔtwe biara . Ɛno ma yebehui sɛ , Yehowa a yebehu no no ho hia paa . ” Dɛn na awofo betumi ayɛ de aboa mmofra a ehia sɛ wɔne wɔn sua ade wɔ kasa mmienu mu ? ( a ) Hena na ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔkyerɛ kasa a abusua no bɛkɔ asafo nhyiam wom ? Nanso , sɛ mmofra kɔ asafo nhyiam wɔ asafo a wɔka kasa a wɔnte ase yiye mu a , wɔrente nneɛma ase saa . ( Kenkan 1 Korintofo 14 : 9 , 11 . ) Mmuae a yenyae no , ɛnyɛ ɛno na na yɛn ani gye ho . Nanso , bere a yehui sɛ yɛn mma no nnya asafo nhyiam a wɔyɛ wɔ yɛn kurom kasa mu no so mfaso ahe biara no , yesii gyinae sɛ yɛbɛkɔ asafo a wɔka ɔman a yɛte mu no kasa mu . Ná yɛbom kɔ asafo nhyiam ne asɛnka daa . Afei nso , na yɛto nsa frɛ yɛn nnamfo a wɔka ɔman a yɛte mu no kasa ma wɔne yɛn bedidi , na na yɛne wɔn tutu akwan kɔhwehwɛ mmeaemmeae kogye yɛn ani . Weinom nyinaa boaa yɛn mma no ma wohuu anuanom yiye . Na ɛma wohui sɛ Yehowa yɛ wɔn Nyankopɔn , na ɔsan nso yɛ wɔn Agya ne wɔn Adamfo . Ná wei ho hia yɛn koraa sen sɛ wɔbɛte yɛn kurom kasa no yiye . ” Samuel toaa so sɛ : “ Nea ɛbɛyɛ na me ne me yere gyidi akɔ so ayɛ den no , na me ne no san kɔ asafo nhyiam wɔ yɛn kurom kasa mu . Ná yenni adagyew koraa , na na yɛbrɛ nso . Nanso , yɛda Yehowa ase sɛ ohyiraa mmɔden ne afɔre a yɛbɔe no so . Seesei yɛn mma baasa no nyinaa resom Yehowa , na wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma . ” Kristina ka sɛ : “ Ná mete m’awofo kurom kasa kakra , nanso sɛ wɔde yɛ asafo nhyiam a , na mente ase koraa . Bere a midii mfe 12 no , mekɔɔ ɔmantam nhyiam bi a wɔyɛe wɔ kasa a na wɔde kyerɛ yɛn ade wɔ sukuu no mu . Ɛno ne bere a edi kan koraa a mihui sɛ asɛm a na meretie no ne nokware no ! Mifii ase bɔɔ mpae wɔ kasa a wɔde kyerɛ yɛn ade wɔ sukuu mu no mu , na ɛno nso boaa me paa . Afei de , na mitumi ka me komam asɛm kyerɛ Yehowa ! ” Adɛn ntia ? Mmofra , munyae a anka mowɔ asafo a wɔka ɔman a mote mu no kasa mu ? Seesei , Nadia som wɔ Betel . Ɔka sɛ : “ Bere a me ne me nuanom dii mfe 13 ne akyi no , na yɛpɛ sɛ yefi asafo a wɔka yɛn awofo kurom kasa mu kɔ asafo a wɔka ɔman a yɛte mu no kasa mu . ” Nadia ka sɛ : “ Seesei ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛn awofo yeree wɔn ho kyerɛɛ yɛn wɔn kurom kasa , na wɔma yɛkɔɔ so tenaa asafo a wɔka wɔn kurom kasa no mu . Saa a wɔyɛe no ama yɛn gyidi ayɛ den paa , na ama yɛanya hokwan pii a yɛde bɛboa afoforo ama wɔahu Yehowa . ” ( b ) Awofo bɛyɛ dɛn anya mmoa de nokware no atete wɔn mma ? ( Kenkan Mmebusɛm 1 : 8 ; 31 : 10 , 27 , 28 . ) Nanso , ebia awofo a wɔnte kasa a wɔka wɔ ɔman a wɔte mu no behia mmoa na ama wɔatumi de nokware no adua wɔn mma koma mu . Sɛ mmofra ne awofo nyinaa ne asafo no bɔ a , wonya so mfaso ( Hwɛ nkyekyɛm 18 , 19 ) ( b ) Dɛn na ɛsɛ sɛ awofo kɔ so yɛ ? Bere biara a wɔboaa me ma misiesiee dwumadi a mɛyɛ wɔ asafo nhyiam ase no , misuaa nneɛma pii fii wɔn hɔ . Nneɛma a yɛbɔɔ mu yɛe de gyigyee yɛn ani no maa m’ani gyee paa . ” Awofo , mommɔ mpae nhwehwɛ Yehowa mmoa , na mommɔ mmɔden nyɛ nea mubetumi biara . ( Kenkan 2 Beresosɛm 15 : 7 . ) Ma adamfofa a wo ba ne Yehowa benya no ho nhia wo nsen nneɛma a w’ankasa ani gye ho . Nanso , afe 1946 ansa na merete nokware a ɛwɔ Bible mu no ase paa . Awiei koraa no , misuaa mum kasa , na me ne mmofra foforo dii agorɔ maa m’ani gyei . Ná ɔbea no din de Chris Spicer . Ɔkraa nsɛmma nhoma , na na ɔpɛ sɛ mikohu ne kunu Gary . Awiei koraa no , wɔn sukuufo no mu baanum bɛyɛɛ Yehowa Adansefo . Bere a edi kan a mihyiaa Eunice no , ɔmaa me tɔfe , na ɔkae sɛ ɔpɛ sɛ ɔfa me adamfo . Bere a na ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu no , n’awofo ka kyerɛɛ no sɛ , “ Sɛ wobɛyɛ Yehowa Dansefo a , ɛnde ɛsɛ sɛ wutu fi yɛn fie ha ! ” Eunice kɔɔ so suaa Bible no , na ɛno akyi no , ɔbɔɔ asu . Mewaree no ! Bere a yɛwaree wɔ afe 1960 mu no , Eunice awofo amma yɛn ayeforohyia no ase . Me ba Nicholas ne ne yere Deborah resom wɔ London Betel Faye ne James , Jerry ne Evelyn , Shannan ne Steven Seesei yɛwɔ Calgary Sign - Language Asafo mu , na meda so ara resom sɛ asafo mu panyin . Yɛbɛyɛ dɛn ama ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no mu akɔ so ayɛ den ? Yɛbɛyɛ dɛn ama nokware a ɛwɔ Bible mu no ho anigye a yɛwɔ no mu ayɛ den kɛse ? Adɛn nti na ehia sɛ yɛdɔ yɛn nuanom ? Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɛmaa Kristofo binom dɔ ano dwoe ? Ɛnnɛ , ɔdɔ a nnipa wɔ ma Onyankopɔn ano dwo ara na ɛredwo . Dɔ Yehowa ( Hwɛ nkyekyɛm 10 ) ( Kenkan Dwom 119 : 97 - 100 . ) Ma w’ani nnye nokware a ɛwɔ Bible mu no ho ( Hwɛ nkyekyɛm 14 ) Anadwo a etwa to wɔ Yesu asase so asetena mu no , ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ : “ Mede ahyɛde foforo rema mo , sɛ monnodɔ mo ho ; sɛnea medɔ mo no , mo nso monnodɔ mo ho saa ara . Sɛ mododɔ mo ho a , ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa . ” — Yoh . 13 : 34 , 35 . Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ : “ Nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no rentumi nnɔ Onyankopɔn a onhu no . ” Dɔ wo nuanom mmarima ne mmea ( Hwɛ nkyekyɛm 17 ) Nneɛma a yɛbɛyɛ de ada ɔdɔ adi no , ebi ne sɛn ? Kenkan 1 Tesalonikafo 4 : 9 , 10 . 21 : 15 . Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ : “ ‘ Montow asau no ngu ɔkorow no nifa na mubenya bi . ’ Ɛnna wɔtowee , na mpataa no dodow nti na wontumi ntwe bio . ” — Yoh . 21 : 1 - 6 . Ɛno akyi no , Yesu yɛɛ anɔpa aduan maa wɔn . ( b ) Asuade titiriw bɛn na onua bi a ɔwɔ Thailand nyae wɔ adwuma a ɔyɛ ho ? Ɛno nti , na minnya bere pii nyɛ nneɛma a ɛbɛma me ne Yehowa abusuabɔ mu ayɛ den . Awiei koraa no , mibehui sɛ , sɛ metumi de Ahenni adwuma no adi kan wɔ m’asetenam a , gye sɛ mesesa adwuma a na meyɛ no . ” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ : “ Bere a mede bɛyɛ afe totoo nneɛma no , misii gyinae sɛ mɛtɔn ice cream wɔ abɔnten so . Sɛ mihyia wɔn a na me ne wɔn yɛ adwuma no bi a , na wɔserew me . Ná wobisa me nea enti a magyae kɔmputa ho adwuma a meyɛ wɔ baabi a ɛhɔ dwo na menenam abɔnten so retɔn ice cream . Mebɔɔ Yehowa mpae , na mesrɛɛ no sɛ ɔmmoa me mma mintumi nnyina tebea a merehyia no ano . Mesrɛɛ no nso sɛ , ɔmmoa me mma mintumi nnu botae a mede asi m’ani so sɛ mepɛ sɛ minya bere pii de yɛ ɔsom adwuma no ho . Mibehuu ice cream a nkurɔfo a wɔtɔ m’ade no ani gye ho paa . Saa ara nso na mibehuu sɛnea wɔyɛ ice cream yiye . Ankyɛ , da biara , na mitumi tɔn ice cream a meyɛ no nyinaa ma ɛsa . Me sikasɛm yɛɛ yiye koraa sen bere a na meyɛ kɔmputa ho adwuma no . Nea ɛyɛ me dɛ paa ne sɛ , seesei mabɛn Yehowa kɛse . ” — Kenkan Mateo 5 : 3 , 6 . N’asubɔ akyi no , ɔkae sɛ : “ Nea ɛyɛ me yaw ne sɛ , mesɛee bere pii ansa na merehu sɛ Yehowa a mɛsom no no bɛma manya anigye koraa asen wiase anigyede a na midi akyi no . ” Yesu kae sɛ : “ Baabi a w’ademude wɔ no , ɛhɔ na wo koma nso wɔ . ” Yesu kae sɛ , “ obiara ntumi nsom awuranom baanu . ” Ɔde kaa ho sɛ : “ Muntumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyade . ” ( Kenkan 1 Korintofo 2 : 14 . ) Hwɛ asɛm a wɔato din “ So Mfaso Wɔ Nea Wode Gye W’ani So ? ” Ná yetumi tutu akwan kɔ aman foforo so , na na yɛhyɛ ntade pa . Asɛnka nso , na yɛkɔ daa . ” Ná yɛn werɛ ahow paa sɛ yɛrebegyaw nkurɔfo a yɛne wɔn sua Bible no hɔ . ” Nanso , bosome baako akyi no , wɔtee anigyesɛm bi . Miriam ka sɛ : “ Wɔma yɛsomee sɛ akwampaefo atitiriw . Yɛn ani gyei paa sɛ yɛbɛkɔ so atena ɔman no mu ayɛ asɛnka adwuma no ! ” Wonyaa bɔhyɛ a ɛwɔ Dwom 37 : 5 no mu awerɛhyem . Ɛhɔ ka sɛ : “ Fa wo kwan hyɛ Yehowa nsa , na fa wo ho to no so , na ɔno na ɔbɛyɛ . ” Nanso ɛnnɛ , yɛayɛ yɛn ho awiɛmfoɔ , na ade a ɛho hia ankasa biara mmɔɔ yɛn . ” Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ aware ne abusua asetena betumi ama yɛn ho ahiahia yɛn ? Yebetumi anya awerɛhyem sɛ , Onyankopɔn pɛ sɛ esi yɛn yiye sɛnea na ɔpɛ sɛ esi n’asomfo a wɔtenaa ase tete no yiye no . — Kenkan Yeremia 29 : 11 , 12 . ( Kenkan 1 Samuel 1 : 4 - 7 . ) Paula kyerɛkyerɛɛ mu sɛ : “ Ɛwom sɛ na Ann nyɛ me busuani , nanso sɛnea ɔmaa n’ani kũũ me ho no boaa me paa . Ɛma mitumi kɔɔ so som Yehowa . ” ( Kenkan Dwom 145 : 18 , 19 . ) “ Faako a mo ademude wɔ no , ɛhɔ na mo koma nso wɔ . ” — LUKA 12 : 34 . Bere a yɛresusuw ho no , dwinnwen ho hwɛ nea w’ankasa wubetumi ayɛ na anisɔ a wowɔ ma saa honhom fam ademude no ayɛ kɛse . Wunhu sɛ na ahweneɛ no som bo ma no paa ? ( Kenkan Marko 10 : 28 - 30 . ) ( a ) Adɛn nti na ɔsomafo Paulo kae sɛ yɛn asɛnka adwuma no te sɛ ‘ ademude wɔ anwenne mu ’ ? ( Kenkan Romafo 1 : 14 , 15 ; 2 Timoteo 4 : 2 . ) Ebi yɛ adwuma wɔ Betel , ebi yɛ akwampaefo , na ebi nso yɛ asafo mu mpanyimfo . Irene kae sɛ , “ Na mewɔ botae pii a anka metumi de asisi m’ani so . Nanso minnye nni sɛ anka emu biara bɛma m’ani agye asen sei . ” Ɛdɛn ne ‘ akorade dan ’ a Yesu kaa ho asɛm wɔ Mateo 13 : 52 no , na yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ no mã ? ( Kenkan Mmebusɛm 2 : 4 - 7 . ) Wo deɛ , yɛnhwɛ onua bi a yɛfrɛ no Peter asɛm yi . Rabi no bisaa asɛm bi de sɔɔ Peter adwene hwɛe . Obisaa no sɛ , “ Me ba , kasa bɛn na yɛde kyerɛw Daniel nhoma no ? ” Mekɔɔ fie no , Ɔwɛn - Aban ne Nyan ! a na aba atwam no , mede m’ani faa mu . Mihuu asɛm bi a ɛkyerɛ sɛ wɔkyerɛw Daniel nhoma no wɔ Aram kasa mu . ” Woyɛ saa a , wobɛhyehyɛ “ ademude . . . wɔ soro , faako a ɔkorɔmfo mmɛn ho na nwewee nsɛe no . Efisɛ faako a mo ademude wɔ no , ɛhɔ na mo koma nso wɔ . ” — Luka 12 : 33 , 34 . “ Ná me ne onua bi yɛ adwuma , nanso na yɛnsen so koraa . Bere bi a na yɛreham no , nkurɔfo mmienu bepuee yɛn so . ” — CHRIS . “ Ná me ne onuawa bi taa kɔ asɛnka . Nanso prɛko pɛ na otwaa yɛn nhyehyɛe no mu . Ná mente nea ɔreyɛ no ase . ” — JANET . “ Ná yɛyɛ nnipa mmiɛnsa a yɛatwa atom rebɔ nkɔmmɔ wɔ fon so . Baako kaa baa - bae , enti na ɛyɛ me sɛ wafi ahama no so . Mekekaa ne ho nsɛm a ɛmfata kyerɛɛ nea ɔda so wɔ ahama no so no . Nanso , nea ɔkaa baa - bae no , sɛɛ na ɔda so gyina ahama no so . ” — MICHAEL . “ Ná akwampaefo mmienu bi wɔ yɛn asafo mu . Ná baako taa twiw ne yɔnko anim . Wɔn akasakasa no haw afoforo paa . ” — GARY . “ Monhwɛ na obiara bo ankofuw ne yɔnko wɔ kwan so . ” “ Wɔkwati atirimsɛm a tirimbɔ yɛ ɔkwa . ” Michael kae sɛ , “ Me nua no fii ne komam de me mfomso kyɛɛ me . ” “ Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a , monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora . ” Seesei wɔn ntam ayɛ kama , na wɔabom reka asɛmpa no . Ebia wobɛka sɛ wei nyɛ asɛm biara nanso ebetumi de ɔhaw kɛse aba . ” Ne ho yɛɛ me ahi araa ma afei na mentew m’anim mma no . Mekaa no me tirim sɛ , ‘ Ommu me , enti me nso meremmu no . ’ ” Ɔkae sɛ : “ Mihui sɛ me nso mewɔ suban bi a enye , na wei haw me paa . Ná ɛsɛ sɛ mesesa me suban . Enti mekaa ho asɛm kyerɛɛ Yehowa . Afei metɔɔ biribi kɔkyɛɛ onuawa no , na mekyerɛw krataa kaa ho de paa ne kyɛw sɛ manyɛ no yiye . Yɛbam yɛn ho na yɛyɛe sɛ yebetwa asɛm no so . Efi saa bere no , yɛte hɔ fɛfɛɛfɛ . ” ƐNNƐ , nnipa pii bu sika sɛ ɛno ne ade a ɛho hia paa . Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wosiesie Yehowa tumidi ho asɛm no ? Yehowa tumidi a wɔbɛsan ho no , ɛho hia sɛn ? Hwɛ , efi da a yɛn agyanom dedae no , biribiara te sɛ nea ɛte fi abɔde mfiase . ” ( Kenkan Yesaia 55 : 10 , 11 . ) ( Kenkan Hiob 1 : 7 - 12 . ) ( Kenkan Hiob 38 : 18 - 21 . ) ( Kenkan Romafo 5 : 3 - 5 . ) Ade baako ne sɛ , Yehowa di tumi wɔ ɔdɔ mu . Sɛnea ɔhwɛ yɛn no , yɛn ankasa mpo ntumi nhwɛ yɛn ho saa . Dɛn na asafo mu mpanyimfo ne mmusua ti betumi ayɛ de asuasua Yehowa ? Dwom 147 hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo nkuran mpɛn pii sɛ wonyi Yehowa ayɛ . Dɛn na odwontofo no hui wɔ Yehowa ho a ɛma ɔkae sɛ ɛfata sɛ yeyi no ayɛ ? Adesua asɛm yi bɛma yɛahu . Anuanom mmerante ne mmabaa pii de wɔn ho rehyɛ bere nyinaa som adwuma no mu a adagyew nnim . “ Momfa ahonyade a ɛnteɛ so nnya nnamfo . ” ​ — LUKA 16 : 9 . Wiase aguadi a ɛrekɔ so nnɛ no , dɛn na yɛbɛyɛ na amfa yɛn anyɛ nkoa ? Wiase yi mu deɛ , ohia ase rentu da . Adɛn ntia ? Dɛn na yebetumi asua afi Yesu afotu yi mu ? Aguadi nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ nnɛ no , yɛyɛ dɛn hu sɛ na ɛnka Onyankopɔn atirimpɔw ho ? Ma nhwɛso fa kyerɛ sɛnea ebinom de wɔn ahonyade redi Onyankopɔn nokware . Afei sɛ nneɛma ankɔ yiye anaa wɔde afotu bi ma me a , ɛnhaw me pii . ” ( Kenkan 2 Korintofo 8 : 13 - 15 . ) Dɛn na Abraham yɛ de kyerɛe sɛ ɔwɔ Onyankopɔn mu ahotoso ? ( b ) Yɛbɛyɛ dɛn de Paulo afotu no ayɛ adwuma nnɛ ? Paulo frɛɛ Timoteo “ Kristo Yesu sraani pa . ” Ɛno akyi , ɔka kyerɛɛ no sɛ : “ Obiara nni hɔ a ɔreyɛ asraafodwuma a ɔde ne ho hyehyɛ aguadisɛm mu , efisɛ ɔpɛ sɛ ɔsɔ nea ɔfaa no sraadi mu no ani . ” Wɔn a wɔyɛ “ adefo nnwuma pa mu ” no na Yehowa hyira wɔn . Yebenya nnua , abo , ne dade a ɛyɛ papa paa de asisi adan a ɛyɛ fɛ . Yɛrentew sika ntɔ emu biara . Sɛ wopɛ sɛ wuyi ntoboa wɔ Intanɛt so a , yɛsrɛ wo , kɔ www.jw.org / tw na hwɛ ase hɔ . Kliki ɔfã a wɔato din “ Make a Donation to Our Worldwide Work . ” SUSI kae sɛ , “ Yɛn babarima wu akyi bɛyɛ afe no , na yɛda so ara di ne wu no ho awerɛhow paa ; na yegye yɛn ho a ennye . ” Bere biara a yɛbɛyɛ saa no , na yehu sɛ ampa , Onyankopɔn asomdwoe bɔ yɛn koma ne yɛn adwene ho ban . ” ​ — Kenkan Filipifo 4 : 6 , 7 . Bere a Lasaro wui no , dɛn na Yesu yɛe de kyerɛe sɛ ɔwɔ tema ? Sɛ woredi awerɛhow a , kyerɛw nsɛm a edidi so yi betumi akyekye wo werɛ : ( Kenkan 1 Tesalonikafo 5 : 11 . ) Nanso nea ehia paa ne sɛ wopɛ sɛ wuhu nea wɔrefa mu . ” Sɛ obi tumi ka nea ɔrefa mu mpo a , ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ afoforo bɛte no ase . Ɛba saa a , ɛmma mente nka sɛ meyɛ ankonam . ” Junia ka sɛ : “ Sɛ onua anaa onuawa bi kyerɛw nkuranhyɛsɛm tiawa bi brɛ me anaa ɔto nsa frɛ me sɛ memmɛsra no a , ɛboa me paa . Nneɛma a ɛte saa ma mete nka sɛ anuanom dɔ me na wodwen me ho . ” Dalene kaa nea ɛtoo no . Ɔkae sɛ : “ Ɛtɔ da na anuanom mmea bi bɛsra me a , ɛyɛ a meka kyerɛ wɔn sɛ wɔne me mmɔ mpae . Wofi mpaebɔ no ase a , mpɛn pii no wonhu nea wɔnka . Nanso ɛnkyɛ na wɔn nsɛm asisi so . Afei wobɛhwɛ na wɔreka nsɛm a ɛka koma paa . Wɔn gyidi a ɛyɛ den , wɔn dɔ , ne sɛnea wɔwɔ tema no hyɛ me den paa . ” Bible ka sɛ : “ Ɔyɔnko berɛbo dɔ bere nyinaa ; ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da . ” Onua bi a ne yere wui kae sɛ : “ Ná minim sɛ ɛda a yɛde waree no du a , ɛbɛhaw me paa . Ampa - ne - ampa ara , eduu so no , na ɛnyɛ mmerɛw . Nanso anuanom mmea ne mmarima bi yɛɛ nhyehyɛe too pon kakra maa me ne me nnamfo a yɛbɔ kosua tafere . Wɔyɛɛ saa na amma manyɛ ankonam . ” Junia ka sɛ : “ Mpɛn pii no , sɛ ɛnyɛ mmere titiriw , na afoforo bɛboa wo hyɛ wo nkuran a , ɛboa paa . Sɛ wokyekye onipa no werɛ wɔ mmere a ɛte saa mu a , etumi ma ne koma tɔ ne yam . ” Nea wɔyɛe no ama mete nka sɛ Yehowa ayɛ me atuu . ” Adɛn nti na Yehowa bɔhyɛ ahorow kyekye yɛn werɛ ? Wei yɛ awerɛkyekyesɛm paa . Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ “ ɔbɛmene owu akosi daa , na Awurade Tumfoɔ Yehowa bɛpopa obiara aniwam nusu . ” Kyerɛw nsɛm foforo a nnipa pii ahu sɛ ɛma awerɛkyekye ne Dwom 20 : 1 , 2 ; 31 : 7 ; 38 : 8 , 9 , 15 ; 55 : 22 ; 121 : 1 , 2 ; Yesaia 57 : 15 ; 66 : 13 ; Filipifo 4 : 13 ; ne 1 Petro 5 : 7 . Hwɛ asɛm a n’asɛmti ne “ Kyekye Wɔn a Wɔn Biribi Awu no Werɛ Sɛnea Yesu Yɛe No . ” Ɛwɔ Ɔwɛn - Aban , January – March , 2011 mu . “ Yenhu nea yɛnka . Ɛno ara ne sɛ , yɛdɔ wo . Nea worefa mu no , yennim . Nanso Yehowa nim , na ɔbɛkɔ so aboa wo . “ Yenim sɛ woahwere ade kɛse . Yɛn mpaebɔ ne sɛ Yehowa mmoa wo . ” “ Onyankopɔn kae wo dɔfo no . Onim ne ho biribiara , na ɔbɛsan anyan no aba nkwa mu . Yegye di sɛ saa nokwasɛm yi bɛkyekye wo werɛ . ” “ Ɔtamfo a otwa to a ɔne owu no rennya wo dɔfo no so tumi bio . Nneɛma pa a ɔyɛe no , yɛbɛkɔ so akae kosi sɛ wobenyan no wɔ Paradise . ” Yɛrehwɛ kwan sɛ yɛn soro Agya no benyan wo dɔfo no aba nkwa mu bio . Saa bere no , anigye a wubenya no , yɛrennya nsɛm mpo na yɛde akyerɛ mu . ” Kristoni bi betumi asi gyinae sɛ obenya tuo de akɔ ahayɔ anaa ɔde abɔ ne ho ban afi nkekaboa ho . Ɔdawurubɔfo bi reka Bible mu asɛm akyerɛ odwumayɛni bi wɔ aprɛfuw mu wɔ Grójec ( b ) Dɛn na yebetumi asua afi Dwom 147 mu ? Ebetumi aba sɛ nsoromma akuw ɔpepepepem pii na ɛwɔ amansan yi mu ! Woyɛ me Danseni , enti mepɛ sɛ w’ani gye ! ” Wo nso ɛ ? ( Kenkan Dwom 147 : 8 , 9 . ) Mutsuo kae sɛ : “ Metee nka sɛ Yehowa ka yɛn mu biara ho na ɔde nea yehia ama yɛn . 12 , 13 . ( a ) Dɛn na yɛkwati a ɛbɛma yɛanya Onyankopɔn mmoa ? Nnebɔneyɛfo nso ɛ ? Onyankopɔn ‘ brɛ wɔn ase de wɔn to fam . ’ “ Yehowa ani gye wɔn a wosuro no ho na n’ani gye wɔn a wɔtwɛn n’adɔe no ho . ” 15 - 17 . ( a ) Ɛtɔ da a , sɛn na yɛte nka wɔ ɔhaw a yehyia ho , na sɛn na Yehowa de n’Asɛm no boa yɛn ? Ɛnnɛ , Yehowa de n’Asɛm Bible no kyerɛ yɛn kwan , na “ n’asɛm de ahoɔhare tu mmirika . ” ( Kenkan Dwom 147 : 19 , 20 . ) Gyinae bɛn na wubetumi asisi no seesei na ama w’ani agye daakye ? Sɛ obi yɛ akwampae adwuma a , hokwan bɛn na ebetumi abue ama no ? MMABUN , ebia mubegye atom sɛ , sɛ wopɛ sɛ wutu kwan a , ɛyɛ papa sɛ wudi kan dwen ho hu baabi a wobɛkɔ . Abrabɔ te sɛ akwantu . Dɛn na ɛma wuhu sɛ Yehowa pɛ sɛ wusi gyinae a ɛbɛma w’ani agye daakye ? Nea ɔbɔɔ wo no yɛ ‘ ɔdɔ Nyankopɔn ’ ne “ anigye Nyankopɔn , ” na ɔbɔɔ nnipa wɔ “ ne suban so . ” Sɛ wusuasua yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ no a , w’ani begye . Mmofra , Yesu Kristo atwa sa pa ato hɔ ama mo . Bio nso , Yesu suaa Kyerɛwnsɛm no na ɛmaa ɔbɛn Yehowa . Bible ka sɛ : “ Wɔkwati atirimsɛm a tirimbɔ yɛ ɔkwa , na agyinatufo dodow mu na ebegyina . ” Saa adwuma no hyɛ Onyankopɔn anuonyam . Nnansa yi ara ɔkae sɛ : “ M’ani gye ho sɛ mede me bere nyinaa resom Yehowa , efisɛ ɛno na mede kyerɛ sɛ medɔ no . Mifii ase no , na mintumi nyɛ Bible adesua . Jacob fi North America , na ɔkae sɛ : “ Bere a midii mfe nson no , na me sukuufo pii yɛ Vietnamfo . Ná mepɛ sɛ meka Yehowa ho asɛm kyerɛ wɔn , enti akyiri yi meyɛɛ m’adwene sɛ mesua wɔn kasa no . Nea na metaa yɛ paa ne sɛ , na mede Borɔfo Ɔwɛn - Aban no toto Vietnam deɛ no ho . Afei nso , na asafo bi bɛn yɛn a wɔka Vietnam kasa . Enti mehwehwɛɛ nnamfo wɔ hɔ . Midii mfe 18 no , mifii akwampae adwuma ase . Akyiri yi mekɔɔ Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Anuanom Mmarima Asigyafo no bi . Wei aboa me wɔ baabi a seesei meyɛ akwampae adwuma no , efisɛ mewɔ adesuakuw bi mu . Wɔka Vietnam kasa na me nko ara na meyɛ asafo mu panyin . Sɛ Vietnamfo pii hu sɛnea masua wɔn kasa no a , ɛyɛ wɔn nwonwa paa . Wogye me fɛw so , na ɛyɛ a mitumi ne wɔn yɛ Bible adesua . Wɔn mu bi anya nkɔso abɔ asu . ” ​ — Fa toto Asomafo Nnwuma 2 : 7 , 8 ho . Sɛ mehyɛ mmerante a wɔwɔ yɛn asafo mu nkuran , na mihu sɛ wɔrenya nkɔso wɔ asafo no mu a , ɛma m’ani gye . Miwiee Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Anuanom Mmarima Asigyafo no , wɔmaa me asasesin foforo ma mekɔyɛɛ akwampae adwuma no wɔ hɔ . Ɛyɛ nokware , minnyaa obiara ne no nsuaa ade wɔ asasesin no mu mma ɔmmɔɔ asu , nanso ebinom atumi ayɛ saa . Ɔkwan bɛn so na akwampae adwuma no betumi abue hokwan foforo ? Onua bi a yɛfrɛ no Kevin kae sɛ : “ Meyɛ abofra no , nea na esi m’ani so ara ne sɛ daakye mede me bere nyinaa bɛsom Yehowa . Enti midii mfe 19 no , mifii akwampae adwuma ase . Ná mede me bere kakra boa onua bi ma osisi adan sɛnea ɛbɛyɛ a menya biribi de atwitwa me ho . Misuaa sɛnea yɛbɔ dan so , yɛhyehyɛ mpomma , ne apon . Akyiri yi , mede mfe mmienu boaa atoyerɛnkyɛm bere mu aboafo , na yesiesiee Ahenni Asa ne anuanom adan a asɛe . Bere a metee sɛ wohia anuanom ma wɔaboa adansi adwuma wɔ South Africa no , mibisaa hokwan , na wɔfrɛɛ me sɛ menkɔboa . Afrika ha a mewɔ yi , yɛde nnawɔtwe kakra si Ahenni Asa baako wie a , na yɛkɔ foforo so . Yɛte faako , yesua Bible bom , na yɛyɛ adwuma bom . Sɛ me ne anuanom a ɛwɔ hɔ no kɔ asɛnka nso a , m’ani gye . Ade a meyɛ abofra no mebɔɔ me tirim sɛ mɛyɛ no , mansusuw da sɛ ebetumi ama m’ani agye saa . ” Wosom wɔ Betel a , w’ani gye efisɛ nea woyɛ wɔ hɔ biara , woyɛ ma Yehowa . Afe ne fã akyi , wɔtoo nsa frɛɛ me baa Betel , na misuaa sɛnea wɔde afiri a wɔde tintim nhoma yɛ adwuma . Akyiri yi misuaa sɛnea wɔyɛ kɔmputa so dwumadi ahorow . Esiane sɛ mewɔ Betel nti , sɛnea asuafoyɛ adwuma no rekɔ so wɔ wiase baabiara no , m’ani tua . Anigye a wubenya daakye no , nya awerɛhyem sɛ Yehowa pɛ sɛ ‘ woso mu denneennen . ’ ( Kenkan 1 Timoteo 6 : 18 , 19 . ) Afei bɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ nea ɛsɔ n’ani . Efi bere a wɔbɔɔ nnipa no , Satan de n’ani ato fam ahwɛ ahu sɛnea yɛte . Wo ara na ɛsɛ sɛ wohwehwɛ na wuhu . ” “ Monhwɛ na wɔamfa mo ankɔto asɛm mu ! ” Yesu kae sɛ : “ Munnsuro wɔn a wokum nipadua na ɛno akyi no wontumi nyɛ hwee bio no . ” Nsuro na mmɔ hu , efisɛ baabi a wobɛkɔ biara no , Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho . ’ Tie Yehowa na fa wo ho to ne so wɔ biribiara mu . Adesua a ɛto so mmienu no , ɛbɛma yɛahu sɛnea Yehowa betumi ayɛ nneɛma bi a yɛnna nnwenee ho da . Ɛsɛ sɛ yesuasua okuafo no na yɛtɔ yɛn bo ase twɛn . Dɛn na odiyifo Mika yɛe a yebetumi asua ? ( Kenkan Mika 7 : 1 - 3 . ) Adɛn ntia ? Sɛ yɛwɔ gyidi te sɛ Mika a , yebefi yɛn pɛ mu atwɛn Yehowa . Enti ‘ yenya boasetɔ kosi ase , na yɛde anigye nya abodwokyɛre . ’ Abraham twɛnee mfe pii ansa na wɔrewo ne mmanana Esau ne Yakob ( Hwɛ nkyekyɛm 9 , 10 ) ( Kenkan Hebrifo 11 : 8 - 12 . ) Sɛ wonyan Abraham ba paradise asase so a , wo deɛ hwɛ sɛnea n’ani begye ! Mo de , na anka mopɛ me bɔne , nanso na Onyankopɔn adwene ne sɛ ɔbɛma biribi pa afi mu aba na ɔde agye nnipa bebree nkwa , sɛnea ada adi nnɛ yi . ” ( b ) Dɛn na ɛboaa Dawid ma ɔtɔɔ ne bo ase twɛnee ? N’anom asɛm ni : “ Me de , w’adɔe so na mede me ho ato ; ma me koma ani nnye wo nkwagye mu . ( Kenkan 2 Petro 3 : 9 . ) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛatɔ yɛn bo ase atwɛn ? Nea ɛtoo ɔsomafo Paulo wɔ Filipi no , asuade bɛn na ɛwom ma yɛn ? ( Kenkan Asomafo Nnwuma 16 : 8 - 10 . ) Okoduu Makedonia no , ankyɛ na wɔde no kɔtoo afiase ! Adɛn nti na Yehowa maa kwan maa asɛm a ɛte saa too Paulo ? Ɔne Silas “ bɔɔ mpae too dwom yii Onyankopɔn ayɛ . ” 4 , 5 . ( a ) Adɛn nti na yebetumi ate nka te sɛ Paulo ? ( b ) Ɛbaa no sɛn na Paulo tebea sesae mpofirim ? Dɛn na yebesusuw ho ? ( Kenkan 1 Petro 5 : 6 , 7 . ) Ɛtɔ da a , otumi yɛ nea yɛn ani nna koraa ma yɛn . Anadwo baako pɛ , Yehowa somaa ɔbɔfo ma okokunkum Senaherib asraafo 185,000 . ( a ) Nea ɛtoo Yosef no , dɛn na yesua fi mu ? Akyinnye biara nni ho sɛ , nea Yehowa yɛ maa Yosef no , na ɛboro n’adwene ne ne ntease so . Momma yɛnhwɛ Yosef nanabea Sara nso . ( Kenkan Yesaia 43 : 10 - 13 . ) Yenim sɛ Yehowa dwen yɛn ho na ɔpɛ sɛ esi yɛn yiye . Yɛbɛyɛ dɛn ayi nipasu dedaw no agu a yɛrensan nkɔfa bio ? Eduu afe 1939 no , na wɔn mu 6,000 gu [ nneduaban mu ] . ” Moasiesie agoprama yi so kama . Wei nyinaa nka mfua , moyɛ nkurɔfo a munyiyi nnipa mu ampa . ” Bere biara a me ne obi bɛda no , na mihu paa sɛ sɛɛ me ho nhia saa . ” Sakura bɔɔ saa bra yi ara kosii sɛ odii mfe 23 . M’ani begyee ho araa ma me yam a anka ɔbea a na me ne no te no afi fie ama manya kwan ahwɛ ponografi ho video . ” Dɛn na ɛboaa Stephen ma oyii abufuw ne kasatia fii n’akwan mu ? Ɔka sɛ : “ Yɛn abusua asetena bɛyɛɛ krabɛhwɛ . Ɛnnɛ , Stephen yɛ asafo mu somfo , na ne yere nso de mfe pii ayɛ daa akwampae adwuma . Bible mu nsɛm a ɛhyɛɛ me nkuran baako ne Yesaia 55 : 7 . Ɛka sɛ : ‘ Ma ɔbɔnefo nnyaw ne kwan . ’ Baako nso ne 1 Korintofo 6 : 11 . Ɛka wɔn a wɔagyae wɔn subammɔne ho asɛm sɛ : ‘ Saa na na mo mu binom te . ’ Yehowa anya me ho abotare mfe pii , na ɔnam ne honhom kronkron so aboa me ama mahyɛ nipasu foforo no . ” Afei nso , sɛ yesua ade ansa na yɛakɔ asafo nhyiam a , Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom kronkron bɛboa yɛn . Hwɛ Questions Young People Ask — Answers That Work nhoma no Po 1 , ti 25 . ( Kenkan Kolosefo 3 : 10 - 14 . ) Ɔkae sɛ : “ Helani anaa Yudani nni hɔ , twetiatwa anaa momonoto nni hɔ , ɔnanani , Skiteni , akoa anaa ɔdehye nni hɔ . ” ( a ) Sɛn na ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo bu afoforo ? ( Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no . ) ( b ) Dɛn na afi mu aba ? Afei ɔkɔɔ Yehowa Adansefo asafo nhyiam . Wo ara wode w’ani behu sɛ baakoyɛ wɔ anuanom a ɛwɔ wiase nyinaa mu ampa . ” Ná yɛne wɔn kenkan kyerɛw nsɛm bi te sɛ Adiyisɛm 21 : 3 , 4 anaa Dwom 37 : 10 , 11 , 29 wɔ wɔn ankasa Bible a ɛwɔ Portuguese kasa mu . Sɛ yɛyɛ saa a , na wɔyɛ aso tie . Ɛtɔ da a , na wosu mpo . ” Yɛda Yehowa ase paa . ” — Kenkan Asomafo Nnwuma 10 : 34 , 35 . Odwo ne abodwokyɛre ho nhwɛso bɛn na Yesu yɛe ? Yakobo san kae sɛ : “ Sɛ mokɔ so yɛ animhwɛ a , na moreyɛ bɔne . ” Adɛn nti ehia sɛ yɛhyɛ ɔdɔ ? Bio nso , ɔdɔ wɔ “ abodwokyɛre na ne yam ye , ” na “ ɛnhoman . ” Paulo kae sɛ , sɛ onni dɔ a , ‘ ɔnsɛ hwee . ’ Eyi mu na ɔdɔ no wɔ , ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn , na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne Ba bae sɛ ɔmfa ne nkwa mmɛbɔ afɔre mpata mma yɛn bɔne . ” Yesu kae sɛ : “ Obiara nni ɔdɔ a ɛsen eyi , sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo . ” Ma yɛnhwɛ sɛnea yebetumi ayɛ saa . Yohane kae sɛ : “ Mma nkumaa , mommma yɛmmfa ano anaa tɛkrɛma nnnɔ , na mmom yɛnyɛ no nneyɛe ne nokware mu . ” Nanso , mibisaa me ho sɛ , ‘ Sɛ me ne saa nipa yi redi a , mɛyɛ dɛn asuasua Yesu ? ’ Bere a misusuw nea anka Yesu bɛyɛ ho wiei no , meyɛɛ m’adwene sɛ megyae asɛm no akyi di koraa . Akyiri yi , metee sɛ sɛɛ na yare bi reteetee nea me ne no yɛ adwuma no , na na onni ahotɔ koraa . Mihui sɛ ɛbɛyɛ sɛ wanhyɛ da na ɔkyerɛw asɛm a ɔkae no . Afei , misusuw nea Yesu yɛe bere a afoforo hyɛɛ no abufuw no ho . Ɛboaa me ma me nso medaa ɔdɔ a ɛte saa adi kyerɛɛ nea me ne no yɛ adwuma no . Yɛn nti , “ ogyaa biribiara mu ” guu hɔ , na ofii soro baa asase so de ne ho too hɔ maa yɛn “ kosii owu mu . ” ASOMDWOE : Sɛ ‘ yɛne yɛn ho tena ɔdɔ mu ’ a , ɛma “ asomdwoe koroyɛ hama ” tena yɛn mu . Wunhu sɛ asomdwoe a ɛte saa da mu fua wɔ wiase a emu apaapae yi mu ? Paulo kae sɛ : “ Ɔdɔ ma nkɔso . ” Ɛda a edi hɔ no , nnipa baa nhyiam no ara ma na ebinom nnya baabi ntena . ” Wɔkyerɛw wɔ mfonini no ase sɛ : “ Wɔate wɔn ho agu mmɔnten so . ” Asafo bi kyerɛw sɛ , “ Tɛlɛfon ahama nko ara na etwam wɔ hɔ baabi . ” Nnipa 2,262,646 na wɔkɔɔ Nkaedi wɔ Mexico afe 2016 . Emu no , ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ no sɛ onguan nkɔ Egypt . 1 , 2 . ( a ) Sɛ obi antumi anni ne ho so a , dɛn na ɛde ba ? Bɔ mpae hwehwɛ nyansa a wode bɛkasa anaa wode bɛyɛ nea ɛfata . Dɛn na wubetumi ayɛ de asiesie w’adwene ako atia sɔhwɛ ? Dɛn na ɛtoo onua bi , na adɛn nti na ehia sɛ yɛhwɛ sɛnea yɛbɛyɛ yɛn ade wɔ tebea a ɛte saa mu ? Dɛn na awofo betumi ayɛ de aboa wɔn mma ama wɔanya ahosodi ? Mobɛyɛ dɛn aboa mo mma ama wɔanya ahosodi ? ( Kenkan Exodus 34 : 5 - 7 . ) ( b ) Nea Bible ka fa ayamhyehye ho no , adɛn nti na ɛsɛ sɛ wusua ho ade ? ( a ) Adɛn nti na Yehowa somaa abɔfo kɔɔ Sodom ? ( Kenkan Exodus 22 : 26 , 27 . ) Bible ka sɛ : “ Yehowa , wɔn agyanom Nyankopɔn somaa ne nkoa kɔkasa kyerɛɛ wɔn mpɛn pii , efisɛ ohuu ne man ne ne tenabea mmɔbɔ . ” Bible ka sɛ : “ Ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii . ” Mmom nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ seesei ne sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛboa nkurɔfo . Ayamhyehye nkyerɛase baako nso ne sɛ wo ne afoforo “ bɛbom ahu amane . ” “ Nya akokoduru , yɛ den na keka wo ho [ anaa kɔyɛ adwuma no ] . Dɛn na mmabun ne wɔn awofo betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔwɔ akokoduru ? 1 , 2 . ( a ) Adwuma titiriw bɛn na Yehowa de hyɛɛ Solomon nsa ? Sɛ obetumi asi a , na ebehia sɛ onya akokoduru na ɔkɔyɛ adwuma no . Akokoduru ho ade bɛn na ɛbɛyɛ sɛ Solomon suaa fii ne papa hɔ ? ( Kenkan 1 Beresosɛm 28 : 20 . ) Akokoduru a Yesu daa no adi no boaa asomafo no sɛn ? Yɛnhwɛ sɛnea ehia sɛ yenya akokoduru wɔ yɛn abusua mu ne asafo no mu . ( b ) Dɛn na mmabun bɛyɛ de asuasua Mose ? Yehowa bɛboa wɔn ama wɔatumi ahwɛ wɔn mmusua . Ɔkae sɛ : “ Meyɛ abofra no , na mefɛre ade paa . Ahenni Asa so mpo na ɛyɛ den ma me sɛ me ne afoforo bɛbɔ nkɔmmɔ na kampɛsɛ makɔbɔ obi a minnim no pon mu sɛ me ne no rebɛbɔ nkɔmmɔ . ” Ná ababaa Kristoni yi de asi n’ani so sɛ ɔbɛyɛ daa kwampaefo . N’awofo ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu boaa no ma otumi yɛe . Sɛn na Dwom 37 : 25 ne Hebrifo 13 : 5 betumi aboa awofo ? ( Kenkan Dwom 37 : 25 ; Hebrifo 13 : 5 . ) Onua bi a ɔwɔ mma mmienu kae sɛ : “ Awofo pii de wɔn bere ne wɔn ahode boa wɔn mma ma wɔde nneɛma bi te sɛ agokansi , anigyede , ne nhomasua sisi wɔn ani so . Ntease wom koraa sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn ahode bɛboa yɛn mma ama wɔne Yehowa ntam akɔ so ayɛ papa . Yɛboaa yɛn mma no ma wɔde botae sisii wɔn ani so wɔ Onyankopɔn som mu . Yɛn ani agye paa sɛ yɛahu sɛ wɔadu botae a ɛte saa ho . ” Ma nhwɛso a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde akokoduru yɛ ade wɔ Kristofo asafo no mu . ( a ) Anuanom mmarima a wɔabɔ asu no , wɔbɛyɛ dɛn anya akokoduru ? ( Kenkan Filipifo 2 : 13 ; 4 : 13 . ) Yɛhyɛ anuanom mmarima a wɔabɔ asu nyinaa nkuran sɛ wonnya akokoduru na wɔnyɛ adwumaden mfa mmoa asafo no ! Enti , ‘ nya akokoduru na kɔyɛ adwuma . ’ 1 , 2 . ( a ) Sɛ yenni Bible a , anka sɛn na yɛn abrabɔ bɛyɛ ? Ɔsomafo Petro faa Yesaia 40 : 8 mu asɛm kae . ( Kenkan 1 Petro 1 : 24 , 25 . ) ( a ) Bere rekɔ so no , dɛn na ɛma kasa tumi sesa ? ( Kenkan Adiyisɛm 14 : 6 . ) King James Version a wotintimii akyiri yi nso de nkyerɛwde akɛse kyerɛw asɛmfua “ AWURADE ” wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no afã bi . Adɛn nti na yɛn ani sɔ Wiase Foforo Nkyerɛase no ? ( b ) Dɛn ne Hela Septuagint no ? ( Kenkan Dwom 119 : 162 - 165 . ) Hwɛ asɛm a wɔato din , “ Do You Need to Learn Hebrew and Greek ? ” wɔ November 1 , 2009 , Ɔwɛn - Aban Borɔfo deɛ mu . April 3 , 2017 , wobuee tete Bible akorae wɔ yɛn adwumayɛbea ti wɔ Warwick , New York , U.S.A . Wokɔ ɔdan no mu a , wɔato ɔfã bi din sɛ “ Bible no ne Onyankopɔn Din . ” Yɛto nsa frɛ wo sɛ bɛhwɛ tete Bible akorae ne akorae foforo a ɛwɔ adwumayɛbea ti ha . Yɛsrɛ wo kɔ www.jw.org / tw na kyerɛ ɛda a wobɛba abɛhwɛ ha . Hwɛ YƐN HO NSƐM > ADWUMAYƐBEA NE NSRAHWƐ afã hɔ . Ɔkenkan 2 Korintofo 1 : 3 , 4 . Anuanom mmarima a wɔkyerɛkyerɛ wɔ asɛnka agua so no , asɛyɛde bɛn na wɔwɔ ? Yɛn ani nsɔ sɛ Yehowa ama yɛn n’Asɛm Bible no ? Hwɛ adaka a wɔato din “ Nsakrae Kɛse Bi Bae . ” Tɔ wo bo ase kenkan kyerɛw nsɛm , kyerɛkyerɛ mu ma emu nna hɔ , na ma atiefo no nhu sɛnea wɔde bɛyɛ adwuma “ Mebɔɔ asu akyi no , mfe 15 twaam ansa na nsakrae kɛse bi reba . Bere a onua bi rema ɔkasa wɔ Ahenni Asa so no . . . , ɔkenkan Yakobo 1 : 23 , 24 kyerɛkyerɛɛ mu . Saa kyerɛwsɛm no de Onyankopɔn Asɛm no toto ahwehwɛ ho . Ɛma yehu yɛn ho sɛnea Yehowa hu yɛn . Midwennwen ho sɛ , sɛnea mihu me ho no , saa ara na Yehowa nso hu me anaa ? Mfiase no , mannye anni saa . Ná meda so ara te nka sɛ ɛyɛ den paa sɛ Yehowa bɛdɔ me . “ Nna kakra akyi no , mekenkan kyerɛwsɛm bi a ɛsesaa m’asetena . Saa kyerɛwsɛm no ne Yesaia 1 : 18 . Yehowa aka wɔ hɔ sɛ : ‘ Afei mommra mma yɛntoto nneɛma yiye . Sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a , ɛbɛyɛ fitaa te sɛ sukyerɛmma . ’ Ɛyɛɛ me sɛ nea Yehowa rekasa akyerɛ me sɛ : ‘ Hwɛ , Vicky , ma yɛntoto nneɛma yiye . Minim wo , minim bɔne a woayɛ , minim nea ɛwɔ wo komam — na medɔ wo . ’ “ Saa anadwo no , mantumi anna . Afei mifii ase dwinnwen Yesu agyede afɔre no ho . Prɛko pɛ na mihui sɛ Yehowa anya me ho abotare akyɛ . Wayɛ nneɛma pii ama me de akyerɛ sɛ ɔdɔ me . Nanso , me mmom na na mereka akyerɛ no sɛ : ‘ Wo dɔ ntumi nso me so . Afɔre a wo Ba no bɔe no rentumi mpopa me bɔne . ’ Ɛyɛe sɛ nea na merepo agyede a Yehowa de ama me no . Nanso afei midwinnwen agyede a Yehowa de akyɛ yɛn no ho , na metee nka sɛ ɔdɔ me . ” Adesua nsɛm yi ka anisoadehu a ɛto so nsia , nson , ne nwɔtwe a Sakaria nyae ho asɛm . Ma minni kan nka me ho asɛm kakra nkyerɛ wo . WƆWOO me afe 1923 wɔ Hemsworth . Ɛyɛ kurow bi a ɛwɔ Yorkshire , England . Afe a edi hɔ no , wɔpaw me ne Mary Henshall sɛ akwampaefo titiriw . Wɔde yɛn kɔɔ Cheshire mantam mu sɛ yɛnkɔyɛ adwuma wɔ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu . Ná me nuabarima ne ne yere Lottie yɛ akwampaefo titiriw wɔ Northern Ireland . Afe 1952 no , yɛn baanan nyinaa kɔɔ ɔmantam nhyiam wɔ Belfast . Enti yɛhwehwɛɛ dan , nanso yɛannya bi . Nea na ɛwom yɛ mpa a ɛbɔ so mmienu . Ná akuafo bi a wɔn yam ye ma yɛde yɛn fie no si wɔn asase so . Nokwasɛm ne sɛ , yɛn ani gyei wɔ ɔmansin adwuma no mu . Amanaman ntam nhyiam a edi kan a yɛyɛe wɔ Ireland no , yɛyɛɛ no afe 1965 , wɔ Dublin . Nnipa 3,948 na ɛbae , na nnipa 65 na wɔbɔɔ asu . Arthur rekyia Nathan Knorr bere a ɔbaa ɔmantam nhyiam afe 1965 Arthur reyi Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm adi wɔ Gaelic kasa mu , afe 1983 Wei maa yɛn ani gyei paa . Afe 2011 no , wɔkaa Britain ne Ireland baa dwumadibea boom , enti wɔde yɛn kɔɔ London Betel . Mfe kakra a atwam no , ɛyaw , adwinnwen , ne awerɛhow ahyɛ me so . Bere bi a atwam no , Arthur ara na na okurakura me nkakrankakra . Sɛ wofa tebea a ɛte saa mu a , ɛma wobɛn Yehowa kɛse . “ Mommma yɛmmfa ano anaa tɛkrɛma nnnɔ , na mmom yɛnyɛ no nneyɛe ne nokware mu . ” — 1 YOH . 3 : 18 . Yɛka “ ɔdɔ a nyaatwom nnim ” a , ɛkyerɛ sɛn ? Yehowa ayi ne yam adɔ nnipa . Adɛn nti na yɛreka saa ? Yehowa nnya mmɔɔ Adam ne Hawa mpo no , ɔyɛɛ biribi de kyerɛe sɛ ɔdɔ nnipa . Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛwɔ ɔdɔ kann ? 6 , 7 . ( a ) Yɛka “ ɔdɔ a nyaatwom nnim ” a , ɛkyerɛ sɛn ? ( Kenkan Mateo 6 : 1 - 4 . ) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsom afoforo ahɔho a , dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ ɔdɔ kann ? ( Kenkan 1 Yohane 3 : 17 . ) ( Kenkan Romafo 12 : 17 , 18 . ) Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yefi yɛn komam de obi bɔne akyɛ no ? “ Nkrante ” a Yesu kae sɛ ɔde bɛba no , ɛyɛ dɛn ? Sɛ w’abusuafo sɔre tia nokware som a , wobɛyɛ dɛn akɔ so adi Yehowa nokware ? 3 , 4 . ( a ) Yesu nkyerɛkyerɛ no , dɛn na ɛde ba ? Yesu kae sɛ : “ Munnnwen sɛ mede asomdwoe baa asase so ; mamfa asomdwoe amma , na mmom nkrante . Na mede mpaapaemu na ɛbae na ɔbarima asɔre atia ne papa , na ɔbabea asɔre atia ne maame , na ɔbea warefo asɔre atia n’asebea . Kristofo bɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ wɔn mma ama wɔadi wɔn ahokafo a wonni asafo no mu ni ? Mmom , ma mmofra no nte ase sɛ , sɛ obi bɛsom Yehowa oo , ɔrensom no oo , ɛyɛ ɔno ara asɛm . Bible ka sɛ , “ Momma mo kasa ho mmra nyam bere nyinaa . ” ( Kenkan 1 Petro 3 : 1 , 2 , 16 . ) Sɛ wo ne w’abusuafo adwene nhyia wɔ biribi ho a , dɛn na wobɛyɛ na w’ahonim anhaw wo ? Lagos yɛ kurow a emu nnipa dɔɔso sen kurow biara wɔ Afrika . Anuanom yɛ baguam adansedi pii wɔ hɔ . Emu baako ni . Saa bere no , tebea bɛn na na Israelfo no wom ? ( Kenkan Sakaria 1 : 3 , 4 . ) Sakaria nhoma no ti 5 mfiase no , wɔaka anisoadehu bi a ɛyɛ nwonwa ho asɛm wɔ hɔ . ( Kenkan Sakaria 5 : 1 , 2 . ) 8 - 10 . ( a ) Dɛn ne ntam ? Sakaria anisoadehu a ɛto so nsia no , dɛn na yebetumi asua afi mu ? ( Kenkan Sakaria 5 : 5 - 8 . ) ( Kenkan Sakaria 5 : 9 - 11 . ) Adansi adwuma a ɛsen biara a ɛrekɔ so nnɛ no , wote nka sɛn wɔ ho ? ( Kenkan Sakaria 6 : 1 - 3 . ) Yehowa da so ara ma n’abɔfo bɔ ne nkurɔfo ho ban hyɛ wɔn den 7 , 8 . ( a ) Mmepɔw mmienu no , egyina hɔ ma dɛn ? ( b ) Adɛn nti na wɔde kɔbere yɛɛ mmepɔw no ? Henanom na wɔte nteaseɛnam no so , na wɔn adwuma ne sɛn ? ( Kenkan Sakaria 6 : 5 - 8 . ) ( Kenkan Sakaria 6 : 9 - 12 . ) Awiei koraa no , nokware som bɛsan afa ne ntama pa afura ! Ɔdɔ a yɛda no adi kyerɛ Yehowa no , ne werɛ remfi da ! MFE 60 a atwam no , John papa bɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Dansefo . Ná ɔwɔ kurow ketewa bi mu wɔ Gujarat , India . Ɔkae sɛ John mma ɔnhwɛ mma no . Ɔbea no kɔfaa adaka a ne nnuru wom bae . Ankyɛ na ɔsɔfo no koko paee , na ɔtoo Bible bɔɔ John . Kyerɛ me baabi a Bible ka sɛ Yesu nyɛ Onyankopɔn . Kyerɛ me baabi a ɛka sɛ ɛnsɛ sɛ yɛsom Maria . Guankɔbea nkurow ho nhyehyɛe a Yehowa yɛe wɔ tete Israel no , yebetumi anya asuade pii afi mu . Nnwonto , ɛho hia sɛn wɔ nokware som mu ? Nanso woto nnwom a , emu nsɛm ka wo koma . ” ( b ) Sɛn na ɛsɛ sɛ yɛto ayeyi dwom ma Yehowa , na henanom na ɛsɛ sɛ wodi anim ? Afei , wofa dwom no fã bi a , fa ɛnne koro no ara kenkan kosi ansa na woahome . ( a ) Sɛ yebue yɛn anom yiye to nnwom a , ɛbɛboa yɛn sɛn ? ( a ) Afe afe nhyiam a wɔyɛɛ no afe 2016 no , amanneɛbɔ bɛn na wɔde too gua ? Moreyɛ abusua som a , munsua nnwom no to ( Hwɛ nkyekyɛm 18 ) ( Kenkan Numeri 35 : 24 , 25 . ) Daniel hwɛ n’akyi a , ɔka sɛ : “ Nokwasɛm ne sɛ , na misuro sɛ mɛkɔ akɔka m’asɛm akyerɛ mpanyimfo no . Ɔkyerɛwee sɛ : “ Hwɛ sɛnea mo werɛ a ɛhow Onyankopɔn kwan so yi ma mokekaa mo ho , hwɛ sɛnea ayi asodi afi mo so ; hwɛ , ɛde abufuw bae ; hwɛ , ɛde ehu bae ; hwɛ , ɛde anigyina bae ; hwɛ , ɛde nsiyɛ bae ; hwɛ , edii mfomso ho dwuma ! ” Bɔne wɔ hɔ yi , sɛ wɔka ho asɛm wie a , na asa . Sɛnea Yehowa aka no , oyi w’adesoa fi wo so a , ɔtow kyene akyirikyiri . Worenhu bio da . ” Adɛn nti na wopɛ sɛ wode Yehowa yɛ wo guankɔbea ? Sɛ afoforo pɛ sɛ yɛde wɔn bɔne kyɛ wɔn a , dɛn na yɛbɛyɛ de asuasua Yehowa mmɔborɔhunu ? 1 , 2 . ( a ) Sɛn na na Yesu te nka wɔ Onyankopɔn Mmara ho ? ( b ) Dɛn na wei ma yehu fa Yehowa ho ? ( Kenkan Asomafo Nnwuma 20 : 26 , 27 . ) ( Kenkan Numeri 35 : 20 - 24 . ) Afei monkɔ na munkosua nea eyi kyerɛ , ‘ Mepɛ mmɔborɔhunu , na ɛnyɛ afɔrebɔ . ’ Na mammɛfrɛ treneefo na mmom nnebɔneyɛfo . ” Ɛnyɛ adidi nko ara nti na wɔbaa Mateo fie hɔ . “ Nimdeɛ ne nokware no suban ” ho asɛm wɔ Mose Mmara no mu . Kristofo mmea baanu reka Bible mu asɛm akyerɛ oguadifo bi wɔ Tipitapa kurow no mu Afotu bɛn na ɔsomafo Paulo fi ɔdɔ mu de mae wɔ wiase adwene ho ? Wiase adwene ho nhwɛso baako ne sɛn , na dɛn na yɛbɛyɛ na yɛanni akyi ? Monhwɛ yiye : anhwɛ a obi de nyansapɛ ne nnaadaa hunu a egyina nnipa atetesɛm ne wiase mu nneɛma so a ennyina Kristo so bɛfa mo nnommum . ” “ Enhia sɛ migye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ansa na mayɛ onipa pa . ” “ Enhia sɛ wode wo ho hyɛ ɔsom bi mu ansa na w’ani agye . ” Yehowa na ɔbɔɔ yɛn , enti ɔwɔ hokwan sɛ ɔhyehyɛ mmara ma yɛn . Na sɛ w’aniwa nifa reto wo hintidua a , tu na tow kyene . ” Yesu kae sɛ : “ Obiara ntumi nsom awuranom baanu ; efisɛ sɛ wantan obiako na wannɔ ɔfoforo no a , ɔbɛbata obiako ho na wabu ɔfoforo no animtiaa . ( Kenkan 1 Tesalonikafo 2 : 13 , 19 , 20 . ) “ Nnipa ankasa betumi ayi wɔn haw afi hɔ . ” Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛn abusua anya nkonimbo no ? ( b ) Dɛn na ɛboa yɛn ma yɛde yɛn ani si nkonimbo no so ? Sɛ yɛkɔ tebea bi mu , na ebetumi ama yɛabu Yehowa mmara so a , ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye paa . Sɛ yebetumi akum akɔnnɔ bɔne a ɛwɔ yɛn mu a , gye sɛ yɛtwe yɛn ho fi anigyede a ɔbrasɛe wom ho . Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a , monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora . Sɛnea Yehowa de afiri mo no , mo nso monyɛ saa ara . ( Kenkan Ɔsɛnkafo 7 : 21 , 22 . ) 10 , 11 . ( a ) Adɛn nti na anibere anaa ahoɔyaw yɛ hu ? Onyankopɔn Asɛm ka sɛ : “ Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre na ne yam ye . Yebetumi asuasua Yonatan na yɛayi yɛn yam adɔ afoforo anaa ? Okununom , monkɔ so nnɔ mo yerenom na mommma mo bo mmfuw wɔn denneennen . Mma , muntie mo awofo asɛm ade nyinaa mu , na eyi na ɛsɔ ani Awurade mu . Sɛ Kristoni barima yere a ɔnyɛ Yehowa Dansefo mmu no a , dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ? Onyankopɔn Asɛm ka sɛ : “ Nea ɔkora n’ano no wɔ nimdeɛ , na nhumufo honhom dwo . ” Gyidi a wowɔ sɛ owusɔre bɛba no , yɛhwɛ kwan sɛ adesua nsɛm yi bɛhyɛ mu den . 11 : 11 . Bible mu nsɛm bɛn na ɛmaa Marta nyaa ahotoso sɛ owusɔre no bɛba ? Sɛnea na Marta hwɛ kwan no , anigyesɛm bɛn na wo nso worehwɛ kwan ? Mmom ɔkae sɛ : ‘ Minim sɛ ɔbɛsɔre . ’ Akyiri yi , ɔbea no ba no yare wui . Onyankopɔn tiee Elia , na abofra no san baa nkwa mu . ( Kenkan 1 Ahene 17 : 17 - 24 . ) ( Kenkan 2 Ahene 4 : 32 - 37 . ) Dɛn na Petro yɛe de boaa Kristoni bea bi a na wawu ? Turkey atifi fam atɔe ɛnna kan no na wɔfrɛ no Troa no . Ná aberante bi a wɔfrɛ no Eutiko te mfɛnsere ano retie asɛm no . Afei nso , Yehowa kae sɛ nhyira no “ nam Isak so ” na ɛbɛba . Ɛwom , ɛno nkyerɛ sɛ na Onyankopɔn rentumi nyan obi a wawu . ( Kenkan Hiob 14 : 13 - 15 . ) ( b ) Adɛn nti na owusɔre ho hia saa ? Nanso , wobɛka sɛ owusɔre ka nea wugye di paa no ho ? ( Kenkan 1 Korintofo 15 : 12 - 19 . ) Nanso yenim sɛ wonyanee Yesu . Dwom 118 mmamu fa Yesu ho sɛn ? ‘ Adansifo no poo ’ Mesia no ( Hwɛ nkyekyɛm 7 ) Ɛyɛɛ dɛn na Yesu tumi bɛyɛɛ “ tweatibo no ” ? Sɛ Yudafo no poo Yesu ɛnna wɔsan kum no a , ɛnde ɛyɛɛ dɛn na ɔbɛyɛɛ “ tweatibo no ” ? ( a ) Nkɔmhyɛ bɛn na ɛwɔ Dwom 16 : 10 ? Woremma wo nokwafo nhu amoa . ” ( Kenkan Asomafo Nnwuma 2 : 29 - 32 . ) ( Kenkan Asomafo Nnwuma 2 : 33 - 36 . ) ( Kenkan Asomafo Nnwuma 13 : 32 - 37 , 42 . ) Afei nso , “ mmere anaa nna a Agya no ahyɛ wɔ n’ankasa tumi mu ” ho nsɛm bi wɔ hɔ a yennim . Paulo kae sɛ “ wɔanyan Kristo afi awufo mu sɛ wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no aba a edi kan . ” Kristo mmae no mu no , dɛn na ɛbɛto Kristofo a wɔasra wɔn no binom ? Na sɛ yɛwɔ gyidi sɛ Yesu wui na wasɔre bio a , saa ara nso na Onyankopɔn nam Yesu so de wɔn a wɔawuwu no bɛka ne ho aba . . . . Yɛn ateasefo a yɛbɛtena ase akosi Awurade mmae mu no renni wɔn a wɔawuwu no anim ; efisɛ Awurade ankasa de nteɛm a emu yɛ den , . . . besian afi soro , na wɔn a wɔawuwu Kristo mu no bedi kan asɔre . Kristofo a wɔasra wɔn a ahohiahia kɛse no bɛba na wɔda so te ase no , ‘ wɔbɛfa wɔn omununkum mu ’ akɔ . Wusi ha a , mebu wo nan mu . ” Wɔwoo me July 29 , 1929 ; minyinii akuraa bi ase wɔ Bulacan mantam mu wɔ Philippines . Ná m’ani gye Bible akenkan ho , titiriw , Nsɛmpa nnan no . Ɛno maa m’ani begyee ho sɛ medi Yesu akyi . ​ — Yoh . 10 : 27 . Saa bere no , m’awofo kae sɛ mensan mmra wɔn nkyɛn . Ɔdansefo baako a n’ani afi baa yɛn fie , na ɔma yehuu nea Bible ka fa “ nna a edi akyiri ” no ho . Ɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmra baabi a wosua Bible wɔ akuraa bi a ɛbɛn yɛn ase . Saa anadwo no , yɛbɔɔ Bible ho nkɔmmɔ araa ma , yɛanna ntɛm . Mekae sɛ , “ Aane , mɛbɔ . ” Ná minim sɛ mepɛ sɛ ‘ mesom Owura Kristo sɛ akoa . ’ Enti February 15 , 1946 no , yɛkɔɔ asubɔnten bi a ɛbɛn hɔ ho ma wɔbɔɔ yɛn mu mmienu asu . Cruz abusua no maa me kɔtenaa wɔn nkyɛn wɔ Angat . Ɔmaa ɔkasa no wɔ Borɔfo mu , na ɛno akyi no , mebɔɔ no mua wɔ Tagalog kasa mu . Anɔpa biara na mekɔyɛ adwuma wɔ gyaade . Miwiee Gilead no , wɔma mekɔyɛɛ ɔkwampaefo titiriw bere tiaa bi wɔ Bronx , New York City . Nnawɔtwe a edi yɛn ayeforohyia akyi no , yɛkɔsraa asafo bi wɔ Rapu Rapu Island . Ɔbarima a ɔkae sɛ “ Yɛn Chinafo deɛ , . . . yɛntɔn ” no mpo , yetumi tɔɔ n’asase no . Ebetumi aba sɛ badwoa a nkwa aba mu no benyin wɔ badwoa dorobɛn no mu ; ɛba saa a nyinsɛn no renyɛ yiye ( ectopic pregnancy ) anaa badwoa no betumi asian akɔtɔ awotwaa no mu . Ɛba saa a , ɛbɛma nyinsɛn no asɛe mfiase no ara . England Man no Apɔwmuden Asoɛe bɔ amanneɛ sɛ : “ Sɛ kɔbere no dɔɔso wɔ IUD no mu a , ɛkame ayɛ sɛ etumi yɛ adwuma yiye a enni huammɔ . Enti afe biara mmea 100 a wɔhyɛ IUD no , bɛyɛ emu baako pɛ na obenyinsɛn . Sɛ kɔbere no nnɔɔso wɔ IUD no mu a , ɛrentumi nyɛ adwuma yiye . ( a ) Bible ka sɛ obi ‘ agye biribi adi sɛ ɛyɛ nokware ’ a , ɛkyerɛ sɛn ? ( b ) Yesu ho asɛmpa no , yɛyɛ dɛn hu sɛ wɔkyerɛkyerɛɛ Timoteo ma ogye dii sɛ ɛyɛ nokware ? Nokwasɛm ne sɛ , sɛ ogye nea mɛka biara di na wammisa ho asɛm biara a , anka ɛbɛhaw me . ” Wobetumi de Bible akyerɛkyerɛ mu ? Sɛ worekyerɛkyerɛ wo mma a , dɛn na ehia paa sɛ wode ka wo nkyerɛkyerɛ ho ? Stephanie wɔ mmabea mmiɛnsa . Ɔkae sɛ : “ Efi me mma mmofraase pɛɛ no , ɛwɔ hɔ ara a mibisa me ho sɛ , ‘ Ɛyɛ a meka nea enti a me ara migye di sɛ Yehowa wɔ hɔ , ɔdɔ me , na n’akwan teɛ no kyerɛ wɔn ? Me mma tumi hu pefee sɛ , me , medɔ Yehowa paa ? ’ Sɛ me ara mamma me mma anhu sɛ mewɔ gyidi a , ɛbɛyɛ dɛn na mahwɛ kwan sɛ wɔn nso begye nea merekyerɛkyerɛ wɔn no adi ? ” Ehia sɛ obi nya nyansa a ɛte saa na ama wanya nkwagye . Dɛn na awofo betumi ayɛ de aboa wɔn mma ama ‘ wɔahu nyansa akɔ nkwagye mu ’ ? Hwɛ BIBLE NKYERƐKYERƐ > NNEƐMA A YƐDE SUA BIBLE afã hɔ wɔ Borɔfo kasa mu . Wobɛyɛ dɛn ayɛ w’ankasa nkwagye ho adwuma ? Ebia wɔtetee wɔn wɔ nokware no mu . Nanso , mfe kakra akyi sɛ nna ho akɔnnɔ mu yɛ den wɔ ne mu a , saa bere no na ɛsɛ sɛ ogye di paa sɛ , Yehowa mmara a obedi so na ɛbɛma asi no yiye bere nyinaa . ” ( b ) Asɛm a ɛwɔ Filipifo 4 : 11 - 13 no , dɛn na wubetumi asua afi mu ? “ Osuro ne ahopopo ” a wode bɛyɛ w’ankasa nkwagye ho adwuma no kyerɛ sɛn ? Nneɛma bɛn na wode asua ade ama aboa wo ? Me nso , ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den ma me sɛ mɛyɛ saa . Enti sɛ wɔrebɔ nkɔmmɔ a , na maka asɛm bi atwam . Ɛyɛ a meka asɛm bi te sɛ , ‘ Nnaano na mereka Bible mu asɛm akyerɛ obi , ɛnna . . . ’ Afei na matoa m’asɛm so . Ɛwom , asɛm a ɛyɛ a midi kan ka no , ɛmfa Bible ho . Ɛtɔ da a wɔtow nsɛmmisa bi ma me . Ɛno akyi no , ɛyɛ a m’ani gye paa ! ” Wonnim Adansefo foforo biara ka yɛn ho . Enti sɛnea yɛbɛyɛ yɛn ade no na ɛbɛkyerɛ sɛ wobetie asɛm a yɛka no anaasɛ wɔrentie . Sɛ fɛre anaa ehu nti , ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ nea yegye di mu akyerɛ afoforo anaa yɛrekasa a na yɛn ho repopo nso ɛ ? Ɛba saa a , ebia wobenya adwene sɛ yɛfɛre sɛ yɛyɛ Adansefo . Esiane sɛ yenni ahotoso nti , anhwɛ a wɔbɛkasa atia yɛn mpo . Nanso , sɛ yɛtɔ yɛn bo ase de ahotoso ka yɛn gyidi ho asɛm kyerɛ wɔn , na yɛkasa sɛnea yɛbɔ nkɔmmɔ daa a , ɛbɛma ayɛ mmerɛw sɛ wobebu yɛn . ” Yesu kae sɛ : “ Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a , ma ɔmpa ne ho akyi na ɔmfa n’asɛndua na onni m’akyi daa . ” Yɛhwɛ Yesaia 40 : 26 a , dɛn na yebetumi asua ? Obiara nni hɔ a watumi akan nsoromma a ɛwɔ wim nyinaa da . Yɛbɛyɛ dɛn anya awerɛhyem sɛ Yehowa betumi ahyɛ yɛn den ? Ɔde kaa ho sɛ : “ Mubenya ɔhome ama mo kra . Na me kɔndua yɛ mmerɛw na m’adesoa yɛ hare . ” Nanso yɛbɛkɔ aba no , na ɛte sɛn ? Onua no maa ɔkasa no wɔ ɔkwan bi so a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ tema na odwen afoforo ho ; ɛkaa me ma misui . Ɛkaee me sɛ , baabi a ehia sɛ mekɔ ne asafo nhyiam ase . ” Bere a ɔsomafo Paulo kae sɛ : “ Meyɛ mmerɛw mmom a na minya ahoɔden ” no , na ɔkyerɛ sɛn ? Ɔtoo dwom sɛ : “ Wo nti , mitumi tow hyɛ afowfo dɔm so ; na me Nyankopɔn nti mitumi foro ɔfasu . ” Anaa yɛde Bible afotu bɛyɛ adwuma asiesie asɛm no ntɛm ara ? Wokɔ a wubetumi afi nkɔmmɔbɔ no ase sei : “ Ɛyɛ me sɛ memaa nneɛma haw me dodo , nanso nnɛra bere a wo ne me kasae no , mihui sɛ . . . Ɔkae sɛ : “ Mekaa me bɔne kyerɛɛ wo , . . . na wo nso wode me bɔne ne me mfomso firii me . ” ( 4 ) Ɛda bi bɛba a , yɛbɛhyɛ Nkaedi ho fã a etwa to anaa ? ( Kenkan Yohane 3 : 16 ; 17 : 3 . ) ( a ) Anadwo a wɔhyɛɛ Awurade Anwummeduan a edi kan no ho fã no , dɛn na Yesu bɔɔ ho mpae ? ( b ) Dɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa abua mpae a Yesu bɔe no ? ( Kenkan Yohane 17 : 20 , 21 . ) ( Kenkan Hesekiel 37 : 15 - 17 . ) Nanso , dɛn na yɛn mu biara betumi ayɛ ama baakoyɛ akɔ so atena yɛn mu ? Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ , yɛne ‘ yɛn ho retena wɔ ɔdɔ mu ’ ? Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛda bi bɛba a yɛbɛkɔ Nkaedi a etwa to ? Mmarima mmienu ne wɔn yerenom , wɔn nyinaa yɛ akwampaefo . Wɔrehyehyɛ nhoma agu wimhyɛn mu wɔ Riberalta , Beni . Ahonyade a Yehowa de ama yɛn no , adɛn nti na ɔpɛ sɛ yɛsan de bi ma no ? Sɛn na ahyehyɛde no de ntoboa a ne nsa ka no yɛ adwuma ? Sɛ yɛyɛ biribi de boa Yehowa adwuma a , na dɛn na yɛreka akyerɛ no ? ( Kenkan 2 Korintofo 8 : 18 - 21 . ) Ntoboa a wuyi no , ɛboa adwuma a yɛreyɛ wɔ wiase nyinaa ( Hwɛ nkyekyɛm 14 - 16 ) Ɛba saa a , ɛnkyɛ na yɛn werɛ afi sɛ Yehowa adwuma no mu retrɛw . Nanso , sɛ yɛhwɛ JW Broadcasting dwumadi no pɛ a , na yɛakae sɛ yɛwɔ anuanom wɔ wiase baabiara . Anuanom adɔfo a yɛne wɔn wɔ ha no ani agye JW Broadcasting no ho paa . Ɛyɛ a yɛte sɛ wɔreka sɛ , sɛ wɔhwɛ dwumadi no bosome biara a , wɔte nka sɛ wɔabɛn Akwankyerɛ Kuw no . Seesei wɔde hoahoa wɔn ho paa sɛ wɔwɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu . ” ( Kenkan Mmebusɛm 11 : 24 , 25 . ) “ Anigye ne nnipa a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa ! ” ​ — DW . Nea ɔdɔ ne yere no dɔ ne ho , na onipa biara ntan n’ankasa honam da ; mmom no ɔyɛn no na n’ani kũ ho . ” Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛammɛyɛ nnipa a yɛdɔ yɛn ho dodo , anaa anigyede ? Paulo kyerɛwee sɛ nnipa bɛyɛ “ sikanibere . ” Mfe bi a atwam no , ɔkwampaefo bi a ɔwɔ Ireland kaa Onyankopɔn ho asɛm kyerɛɛ ɔbarima bi . Dɛn na Bible ka fa ahonyade ne ohia ho ? Ɔkyerɛwee sɛ : “ Sɛnea ɛbɛyɛ a meremmee na mempa wo nka sɛ : ‘ Hena ne Yehowa ? ’ ” Ná me yere taa ka sɛ , ‘ Adwumawura biara nni hɔ a ɔbɛto m’adwumawura ! ’ Seesei a me nso mereyɛ akwampae adwuma no , yɛn mmienu nyinaa reyɛ adwuma ama Owura koro no ara , ɔno ne Yehowa . ” Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛammɛyɛ nnipa a yɛdɔ sika ? Nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ , saa nkurɔfo no nni Onyankopɔn ho dɔ biara . ” Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛammɛyɛ nnipa a yɛdɔ anigyede ? Yenim nso sɛ ɔdɔ , “ entu ne ho , ɛnhoman . ” Mihui sɛ wodwen me ho , na ɛno nti , na mepɛ sɛ meyɛ nea ɛsɔ wɔn ani . ” ( Kenkan Yohane 13 : 34 , 35 . ) ( Kenkan Yesaia 11 : 6 , 7 . ) Wubetumi akenkan wɔn suahu no bi wɔ asɛm a wɔato din “ Bible Tumi Sesa Nnipa ” a ɛba toatoa so wɔ jw.org . Ɛsɛ sɛ yɛma afoforo hu sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo . 3 Suasua Gyidi a Noa , Daniel , Ne Hiob Daa No Adi Ne Osetie a Wɔyɛe 28 Anigye — Ɛyɛ Suban a Yenya Fi Onyankopɔn Hɔ Noa ne nokware Nyankopɔn nantewee . ’ — Gen . 9 , 10 . ( a ) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Noa gyidi ne osetie a ɔyɛe ? ( Kenkan Malaki 3 : 17 , 18 . ) ( b ) Yehowa buu Daniel sɛn ? ( b ) Dɛn na awofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi asua afi Daniel awofo hɔ ? ( Kenkan Hiob 1 : 9 , 10 . ) 19 , 20 . ( a ) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Hiob gyidi ne osetie a ɔyɛe ? 1 - 3 . ( a ) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so adi Onyankopɔn nokware wɔ nna a edi akyiri yi mu ? ( Kenkan Daniel 6 : 7 - 10 . ) ( Kenkan Hiob 31 : 24 - 28 . ) ( Kenkan Dwom 11 : 5 ; 26 : 4 . ) Enti bisa wo ho sɛ , ‘ Sɛnea na Noa , Daniel , ne Hiob nim Yehowa no , minim no saa ? ’ Noa nanabarima Enok nso “ kɔɔ so ne nokware Nyankopɔn no nantewee ” sɛnea Noa yɛe no . Yesu kaa sɛ : “ Mo agya Abraham dii anidaso a na ɔwɔ sɛ obehu me da no mu ahurusi . ” Anigye a yɛwɔ no , minnya nsɛm mpo na mede akyerɛ mu . ” Na yɛn na Onyankopɔn nam ne honhom so ayi akyerɛ yɛn . ” Yesu kaa sɛ : “ Maka eyi akyerɛ mo na m’anigye atena mo mu , na mo anigye ayɛ mã . ” ( 3 ) Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya “ Kristo adwene ” a , ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ nkurɔfo a Yehowa honhom kyerɛ yɛn kwan ? ( Kenkan 1 Korintofo 2 : 14 - 16 . ) Nnipa a Yehowa honhom kyerɛ wɔn kwan no , dɛn na Bible ka fa wɔn ho ? Nhwɛso a Yakob yɛe no , dɛn na yebetumi asua afi mu ? Nhwɛso a Maria yɛe no , dɛn na yebetumi asua afi mu ? ( Kenkan Luka 1 : 46 - 55 . ) ( Kenkan Yesaia 63 : 9 ; Marko 6 : 34 . ) Onuawa bi a ɔwɔ Brazil a ne din de Rachel kaa sɛ : “ Ná m’ani gye wiase no ntadehyɛ ne wɔn ahosiesie ho paa . Ɛno nti , na m’ahosiesie yɛ basaa . Nanso , bere a mihuu nokware no , ɛkaa me ma meyɛɛ nea metumi biara sɛ mɛma Yehowa honhom akyerɛ me kwan . Nanso mitumi yɛe no , ɛmaa m’ani gyei paa , na ama manya anidaso wɔ asetena mu . ” Enti sɛ yesuasua Yesu a , ɛma yɛbɛn Yehowa paa . Asuafo no kaa sɛ : ‘ Yɛyɛ nneɛma a ɔyɛe nyinaa ho adansefo . ’ Sɛ wunya Kristo adwene a , ɛbɛboa wo sɛn wɔ w’asetena mu ? Ɔkaa sɛ : “ Manyɛ bɔne biara , nanso na menam nokware no mu biarabiara . Obi hwɛ me a , ɛbɛyɛ no sɛ na meyɛ den wɔ Yehowa som mu . Ná mekɔ asafo nhyiam bere nyinaa ; bere ne bere mu na meyɛ akwampaefo boafo wɔ afe no mu . Robert kaa sɛ : “ Ɛyɛɛ me sɛ nea minnim hwee . Mekaa wɔ me tirim sɛ , ‘ Sɛ metumi de Onyankopɔn asɛm akyerɛkyerɛ me yere sɛ abusua ti a , ɛnde ɛsɛ sɛ meyere me ho sua ade . ’ ” Ɔkaa sɛ : “ Meyeree me ho suaa Bible paa , na nneɛma fii ase kɔɔ yiye . Metee nneɛma ase , na ne titiriw no , me ne Yehowa abusuabɔ mu yɛɛ den . ” ( 3 ) Sɛ yɛne Yehowa abusuabɔ yɛ papa a , ɛbɛka yɛn asetena sɛn ? ( b ) Adɛn nti na yesua ade na yedwinnwen ho ? ( b ) Bible mu nhwɛso bɛn na yebetumi asuasua ? 12 , 13 . ( a ) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛde Romafo 15 : 5 ayɛ adwuma ? ( Kenkan 2 Petro 1 : 5 - 8 . ) Yɛma Yehowa honhom kyerɛ yɛn kwan a , sɛn na ɛbɛda adi wɔ yɛn asetena mu ? Dɛn ne “ nnwuma funu ” a ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho no ? Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ mede me ho hyɛ akuw a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔde nsakrae bɛba wiase no mu ? Adɛn nti na wopɛ sɛ wokɔ w’anim wɔ Yehowa som mu ? Ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ Kristofo a na wɔwɔ asomafo no bere so sɛ : “ Munnyigye mo ho hɔho . ” Sɔre ma wɔmmɔ wo asu . ” — ASO . 22 : 16 . Dɛn na Kristofo a wɔyɛ awofo pɛ sɛ wohu ansa na wɔn mma abɔ asu ? “ BERE nyinaa na meka kyerɛ Paapa ne Maame sɛ mepɛ sɛ mebɔ asu ; meyɛɛ saa abosome bebree . Wɔn nso ne me bɔɔ ho nkɔmmɔ mpɛn pii . December 31 , 1934 no , bere soe sɛ meyɛ ade a ɛho hia pa ara wɔ m’asetena mu . ” 5 , 6 . ( a ) Yɛhwɛ nea Bible ka fa Timoteo ho a , dɛn na yebetumi aka afa n’asubɔ ho ? ( Kenkan Kolosefo 1 : 9 , 10 . ) Ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ , n’ani agye pa ara sɛ ne babea kumaa yi asi gyinae sɛ obehyira ne ho so ama no . ” ( Kenkan 1 Petro 3 : 20 , 21 . ) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ obiara sɛ ɔmmɔ asu ? Sɛ woyɛ ɔwofo a , ebia woabisa wo ho sɛ : ‘ Me ba no asiesie ne ho ampa sɛ ɔbɛbɔ asu ? Asɛmmisa a edi kan ne sɛ , “ Yesu Kristo afɔrebɔ no nti , woanu wo ho wɔ wo bɔne ho , na woahyira wo ho so ama Yehowa sɛ wobɛyɛ n’apɛde anaa ? ” Dɛn na yebetumi ayɛ de ayɛ afoforo hɔho wɔ Kristofo nhyiam ase ? ( Kenkan 3 Yohane 5 - 8 . ) Ɔkaa sɛ : “ Mfiase no , metwentwɛn me nan ase , efisɛ afei ara na na yɛaware . Ná yɛte ofie korokorowa bi mu . Nanso , adesuafo a yɛma wɔbɛtenaa yɛn fie no maa yɛn ani gyei yiye . Ná yɛaware foforo , na yɛde yɛn ani too fam hui sɛ , sɛ awarefo bom som Yehowa na wɔde botae sisi wɔn ani so wɔ Yehowa som mu a , wɔn ani gye . ” Anuanom a wɔaba asafo a wowom foforo no , adɛn nti na ebehia sɛ wugye wɔn hɔho ? ( Kenkan Luka 10 : 41 , 42 . ) Da koro anwummere bi , me yere ani gyinaa fie pa ara ; mebɔɔ mmɔden biara sɛ mɛkyekye ne werɛ , nanso anyɛ yiye . Afei , bɛyɛ anwummere 7 : 30 no , yɛtee sɛ obi rebɔ yɛn pon mu . Mibuee pon no a , yɛn Bible suani bi na ogyina hɔ yi . Ɔbrɛɛ yɛn akutu mmiɛnsa . Ná waba sɛ ɔrebɛma yɛn a yɛyɛ asɛmpatrɛwfo foforo no akwaaba . Sɛ wusuro sɛ wubegye ahɔho a , kae sɛ , ɛnyɛ wo nko ara na wote nka saa . Asafo mu panyin bi a ɔwɔ Britain kaa sɛ : “ Sɛ woresiesie wo ho agye ahɔho a , ebetumi agyaw wo ayamhyehye . Nanso biribiara a ɛfa Yehowa som ho deɛ , ayamhyehye a ɛwom no , ɛnto ɛso mfaso ne akomatɔyam a ɛwom no koraa . Me ne ahɔho bi atena ase anom kɔfe kɛkɛ abɔ nkɔmmɔ ama yɛn ani agye . ” Asafo mu panyin foforo kyerɛwee sɛ : “ Sɛ meto nsa frɛ asafo no mufo ma wɔba me fie a , ɛboa me ma mete wɔn ase yiye , na ɛma mihu wɔn yiye ; ne titiriw no , mihu nea ɛyɛe a wɔbaa nokware no mu . ” Ɔkaa sɛ , sɛ ɔne ne kunu reyɛ akwantu adwuma no a , nnawɔtwe a wɔn ani gye pa ara ne nea wɔde tena onua a ɔmfa Yehowa som nni agorɔ fie . Ebia na onua no nsam nni bi , nanso ɔne wɔn nyinaa wɔ botae baako ; wayɛ ne ho ɔwiɛmfoɔ na ɔresom Yehowa . Onuawa no maa mekaee asɛm bi a na me maame taa ka kyerɛ yɛn bere a na yɛyɛ mmofra no . Ná ɔka sɛ : ‘ Nhabamma aduan a ɔdɔ wom ye . ’ ” ( Kenkan Mmebusɛm 25 : 21 , 22 . ) Mpɛn pii no , sɛ nkurɔfo rebenya hɔho a , wɔtoto nneɛma yiye ( Hwɛ nkyekyɛm 20 ) Odwontofo Dawid bisae sɛ : “ O Yehowa , hena na ɔbɛsoɛ wo ntamadan mu ? ” Mmeae bi wɔ hɔ a , ahɔho ba wɔn nkyɛn bere a wɔnhwɛ kwan mpo a , wogye wɔn fɛw so . Adɛn nti na ɛho hia pa ara sɛ ‘ yegyigye yɛn ho hɔho ’ ? Anuanom mmienu de kratawa rema ɔbarima bi a ɔka dan ho wɔ twene bi so . Ɛtwene no wɔ Kaštilac aban no anim . Wosii aban no afeha a ɛto so 16 mu wɔ baabi a ɛbɛn Split kurow no ( Kenkan Tito 2 : 11 - 14 . ) Asafo mu panyin no kaa sɛ : “ Ná Graham wɔ ɔhaw bi ; na ɔyɛ ahomaso . Ná ɔkasa tia asafo mu mpanyimfo a wodii n’asɛm tuu no no . Enti bere a yefii ase suaa ade no , me ne no susuw kyerɛwnsɛm a ɛfa ahomaso ne ɔhaw a ɛwom ho . Afei , Graham de Onyankopɔn Asɛm a ɛte sɛ ahwehwɛ no hwehwɛɛ ne mu , na nea ohui no , wampɛ ! Bere a ogye toom sɛ ahomaso akata n’ani sɛ ‘ mpuran , ’ na ne haw ne sɛ ɔkasa tia nkurɔfo no , ɔsesaa ne suban ntɛm ara . Ofii ase kɔɔ Kristofo nhyiam daa , ɔyeree ne ho suaa Onyankopɔn Asɛm , na ɔde sii n’ani so sɛ ɔbɛbɔ mpae da biara . Ɔkaa sɛ , ‘ Mihuu nokware no , ɛnyɛ nnɛ , na mayɛ akwampae adwuma mpo pɛn . Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ : “ Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔhyɛ mo nsa no , ɛnyɛ ɔhyɛ so , na mmom mumfi mo pɛ mu ; ɛnyɛ adifudepɛ nso nti , na mmom anigye so ; ɛnyɛ sɛ wɔn a wodi Onyankopɔn agyapade so bakoma , na mmom monyɛ nhwɛso mma nguankuw no . ” Awofo bɛyɛ dɛn atete wɔn mma wɔ Yehowa nteɛso mu ? ( Kenkan Hebrifo 12 : 5 - 11 . ) Dɛn na ɛboa abofra ma osua sɛnea ɔbɛhyɛ ne ho so ? 4 , 5 . ( a ) Adɛn nti na ahohyɛso yɛ “ nipasu foforo ” no fã titiriw ? Dɛn na ɛbɛma yɛn ani agye Onyankopɔn asɛm sua ho yiye ? Onua bi kyerɛwee sɛ : “ M’ani sɔ ntetee a m’awofo de maa me pa ara . ( b ) Bere a awofo bi tiee Yehowa asɛm no , mfaso bɛn na abusua no nyae ? Mfe bi akyi no , wɔsan gyee ne babea no baa asafo no mu . ( b ) Dɛn na yɛbɛyɛ na ama asafo mu mpanyimfo no de anigye ayɛ wɔn adwuma no ? Wɔanka m’anim , na saa ara nso na wɔankasa antia me , na mmom wɔhyɛɛ me nkuran , ɛnna wɔhyɛɛ me den . Bere biara a yɛbɛpɔn asafo nhyiam no , sɛ wonni adagyew sɛ dɛn ara mpo a , na wɔn mu baako bisa sɛnea me ho te . Esiane nea mefaa mu no nti , na ɛyɛ den sɛ megye adi sɛ Onyankopɔn dɔ me . Nanso , mpɛn pii na Yehowa afa asafo no ne asafo mu mpanyimfo no so ama mahu sɛ ɔdɔ me . Mebɔ mpae sɛ merentwe me ho mfi ne ho da . ” Sɛ wosakra yɛ papa a , w’anim remma nyam anaa ? Na sɛ woansakra anyɛ papa a , ɛnde bɔne butuw w’abobow ano , na ɛrehwehwɛ wo ; adɛn na wunni no so ? ” Enti momma ‘ yentie nteɛso na yenhu nyansa . ’ Ɛnnɛ , nnipa a wɔwɔ wiase baabiara repɛ ahofadi pii . 15 Suasua Yehowa ​ — Ɔyɛ Onyankopɔn a Ɔhyɛ Nkuran 8 : 36 . ( Kenkan 1 Beresosɛm 29 : 11 , 12 . ) Sɛ nneɛma bɛyɛ ‘ papa ’ ama nnipa a , gye sɛ wɔde wɔn ho to Onyankopɔn so na wotie no . Sɛ wɔyɛ asoɔden a , ɛbɛkyerɛ sɛ wɔn ankasa na wɔbɛkyerɛ nea eye . . . ne nea enye . ” Yebetumi de Adam ne Hawa atoto nea ɔreka wimhyɛn no ho ; na wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea wɔpɛ . Ɔkaa sɛ : “ Sɛ motena m’asɛm mu a , na moyɛ m’asuafo ampa , na mubehu nokware no , na nokware no bɛma moade mo ho . ” Adɛn nti na ahofadi a Yesu hyɛɛ ho bɔ no betumi ama ‘ yɛade yɛn ho ampa ’ ? ( Kenkan Romafo 8 : 1 , 2 , 20 , 21 . ) ( d ) Nsɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ho mmuae ? ( Hwɛ NKƆMMƆ - TWETWE NE EBINOM ASETENAM NSƐM > SƐNEA YEGYINA SƆHWƐ ANO . ) Hokwan wɔ hɔ ma ade nyinaa ; nanso ɛnyɛ ne nyinaa na ɛhyɛ den . ” Nhwɛso bɛn na Noa ne n’abusua yɛ maa yɛn ? Wiase a na wɔte mu no , na awudisɛm ne ɔbrasɛe ahyɛ mu mã . Wɔyɛɛ adaka no , wɔde nnuan a wɔn ankasa ne mmoa no bedi guu mu , na wɔbɔɔ nkurɔfo no kɔkɔ . Adwuma bɛn na Yehowa de ama yɛn nnɛ ? ( Kenkan Luka 4 : 18 , 19 . ) Seesei mate Yakobo 4 : 8 ase yiye . Ɛka sɛ : ‘ Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo . ’ Mihui sɛ me nsa aka nea merehwehwɛ . Ɛno ne adwuma a ɛma me koma tɔ me yam . ” Awarefo bi a wɔyɛ akwampaefo titiriw reka asɛmpa no wɔ akuraa bi a ɛbɛn Balykchy kurow no ase ( b ) Dɛn na Yehowa yɛe de hyɛɛ ne Ba no nkuran ? Nya wo wura anigye no bi . ” Dɛn na Hesekia yɛe de hyɛɛ asahene no ne Yuda man no nkuran ? Sɛn na Petro ‘ hyɛɛ ne nuanom den ’ ? Nanso masrɛ ama mo na mo gyidi ansa ; na wo , sɛ wosan ba a , hyɛ wo nuanom den . ” — Luka 22 : 31 , 32 . Henanom na yebetumi ahyɛ wɔn nkuran nnɛ , na adɛn ntia ? Sɛ asafo mu mpanyimfo pɛ sɛ wɔhyɛ afoforo den a , ɛtɔ da a , ɛsɛ sɛ wotu fo nso . Awofo , morekyerɛkyerɛ mo mma ama wɔahyɛ afoforo nkuran ? Onyaa tema maa me , na ɔma mihui sɛ ɔdɔ me ; ɛno na na mihia pa ara saa bere no . Ɔhene Solomon kyerɛwee sɛ : “ Asɛm a wɔka wɔ bere a ɛsɛ mu de , O hwɛ sɛnea eye ! Aniwa a ɛhyerɛn ma koma di ahurusi ; amanneɛbɔ pa ma nnompe yɛ akɛse . ” O Yehowa , wo na woma midi ahurusi wo nnwuma ho ; wo nsa ano adwuma nti , meto ahurusi dwom . ” Ɔsomafo Paulo hyɛɛ bɔ sɛ : “ Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ sɛ ne werɛ befi mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho . ” Ɛnsɛ sɛ wunya adwene sɛ wusua dodo sɛ wode botae besisi w’ani so . Mmebusɛm 21 : 5 ka sɛ : “ Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba . ” Sɛ wode botae pa sisi w’ani so wɔ wo mmofraase a , ɛrenkyɛ na woahu so mfaso . Sɛ mekɔɔ sukuupɔn kosuaa mmara nyaa abodin krataa a , anka menya sika pii , nanso anka ɛbɛyɛ den sɛ menya adwuma a ɛrennye me bere nyinaa . ” 17 , 18 . ( a ) Dɛn na Yehowa pɛ sɛ mmabun a wɔwɔ hɔ nnɛ nya ? Wɔwoo me wɔ kurow ketewaa bi a yɛfrɛ no Liberty mu ; ɛwɔ Indiana , U.S.A . Akyiri yi , me maame woo m’akyi ; mmarima mmienu ne ɔbea baako . BERE a na mekɔ sukuu no , nneɛma ansesa ahe biara wɔ yɛn kurom hɔ . Ná mfuw nketewa atwa Liberty kurow no ho ahyia ; aburow pa ara na na wodua . Kwasida biara , na ɔde yɛn kɔ Baptist asɔre . Ná wɔpɛ sɛ mede sraadi yɛ m’adwuma . Saa bere yi de , wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmra Asafo Nhoma Adesua . Ɛyɛ nhyiam ketewa bi a na wɔyɛ wɔ wɔn fie de sua Bible . Meka kyerɛɛ wɔn sɛ medwen ho . Sɛnea na wonim Bible mu no yɛɛ me nwonwa pa ara ! Mfe bi a atwam a mibisaa me maame Yehowa Adansefo ho asɛm no , nea ɔkae ara ne sɛ , “ O saa nkurɔfo no , wɔsom akwakoraa bi a wɔfrɛ no Yehowa . ” Nanso afei de , mihui sɛ , merehu nneɛma ani so yiye ! Afe a edi hɔ , afe 1958 no , mifii akwampae adwuma ase . Saa bere no , na Gloria som bo te sɛ aboɔden bo , na nnɛ nso ɔsom bo saa ara . Mewaree Gloria February 1959 . Onua dɔfo Simon Kraker na obisabisaa yɛn nsɛm . Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ , Betel nhia awarefo saa bere no . Adwuma a na yɛyɛ no , emu dodow no ara da biara na wotua yɛn ka dɔla mmiɛnsa . Nnawɔtwe biara na Gloria kɔtow abusua bi nneɛma . Mekae sɛ bere bi , yɛkɔɔ baabi sɛ yɛrekobu pɛtro agu yɛn kar mu . Nanso , na yɛne anuanom bɔ ma yɛn ani gye , na na yɛn ani gye pa ara wɔ asɛnka mu ! Me nso me ne awarefo no babea ne ne kunu fii ase suaa Bible . Onua no yere ne ne babea no sii gyinae sɛ wɔbɛsom Yehowa , na wɔbɔɔ asu . Ná yɛwɔ nnamfo pa wɔ aborɔfo asafo no mu . Saa bere no , na ahyehyɛde bi a ɛde nnipa mu nyiyim ne basabasayɛ ba a wɔfrɛ no Ku Klux Klan ( KKK ) aka wɔn ho pa ara . Afe 1962 no , wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmra Ahenni Som Sukuu wɔ South Lansing , New York . Saa bere no , na adwumakuw bi a ɛyɛ tɛlɛfon ho adwuma wɔ Pine Bluff pɛ sɛ wɔfa me wɔ wɔn adwuma mu , enti na wɔafrɛ me abisabisa me nsɛm . Sɛ wɔfa me a , na me na mɛyɛ obibini a obedi kan ayɛ adwuma wɔ hɔ . Ná minni sika a mede betu kwan akɔ New York . Onuawa no ka kyerɛɛ me sɛ , “ Kɔ sukuu kosua nneɛma pii , na wosan ba a , woabɛkyerɛkyerɛ yɛn ! ” Ɛyɛ me dɛ pa ara sɛ mankɔyɛ saa adwuma no ! Gloria bɛka nea ɔkae bere a na yɛwɔ Pine Bluff no ho asɛm kakra : “ M’ani gyei wɔ asasesin no mu pa ara ! Enti na yɛyɛ afie afie asɛnka anɔpa , na yɛde bere a aka no ayɛ Bible adesua ahorow . Ɛtɔ da a na yɛpɔn asɛnka anadwo 11 . Bere a yegu so reyɛ akwampae adwuma wɔ Pine Bluff no , yebisaa kwan sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ akwampaefo titiriw . Saa bere no ara na wɔpaw Onua Leon Weaver sɛ ɔmansin sohwɛfo . Seesei de , ɔsom sɛ United States Baa Boayikuw no nsɛm ho dwumadifo . Ɔmansin sohwɛfo a na merebɛyɛ no maa ehu kaa me . Mebɛyɛɛ ɔmansin sohwɛfo no , ɔmantam sohwɛfo a midii kan ne no somee ne Onua Thompson . Saa bere no , na amansin so ahwɛfo nnya ntetee pii . Mekae sɛ meka kyerɛɛ Gloria sɛ , “ Enti ɔne yɛn awie ara ne no ? ” Bere bi , yɛkɔɔ kurow bi mu wɔ Tennessee , na na KKK kuw no mufo ate asi kurom . Bosome a edi hɔ no , yɛhyɛɛ Betel adwuma ase . Mewaree Gloria no , na ɔsom bo te sɛ aboɔden bo , na nnɛ nso ɔsom bo saa ara Afei afe 1999 no , wɔma mekɔkaa Akwankyerɛ Kuw no ho . Yesaia 32 : 17 ka sɛ : “ Trenee nnwuma bɛyɛ asomdwoe , na nokware trenee aba bɛyɛ kommyɛ ne ahotɔ akosi daa . ” Nea ɛto so mmienu , ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae bisa Onyankopɔn honhom kronkron . Ɛka sɛ : “ Sɛ morehyɛn ofie bi mu a munkyia ofie no mufo ; sɛ ofie no fata a , momma asomdwoe a mopɛ sɛ enya no mmra so ; nanso sɛ ɛmfata a , momma mo asomdwoe nsan mmra mo so . ” Enti mikyiaa no wɔ ne kurom kasa mu . Ɛyɛɛ no nwonwa ma obisaa me sɛ , ‘ Dɛn na ɛde wo aba ha ? ’ Mekaa no nidi mu sɛ mepɛ sɛ mihu Ɔman no Nanmusini no . Awuraa no frɛɛ ɔpanyin no wɔ tɛlɛfon so , na ɔbae no , okyiaa me wɔ ne kurom kasa mu . Afei , mekyerɛkyerɛɛ adwuma a Adansefo yɛ mu kyerɛɛ no sɛ ɛfa asomdwoe ho , na ɔyɛɛ aso tiee me . ” “ Nea eguu asase pa mu no , eyi ne wɔn a . . . wɔde boasetɔ sow aba . ” — LUKA 8 : 15 . Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so de boasetɔ asow aba ? ( Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no . ) ( b ) Dɛn na Yesu ka faa asɛnka adwuma a ɔyɛe wɔ “ n’ankasa kurom ” ho ? “ Wɔn nokwaredi hyɛ me nkuran ma mekɔ so nya akokoduru de yɛ asɛnka adwuma no . ” Nsɛmmisa mmiɛnsa bɛn na yebesusuw ho , na adɛn ntia ? Ɔka sɛ : “ Asɛnka adwuma no yɛ me den . Kenkan Yohane 15 : 1 - 5 , 8 . Ɛno ne Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpaka adwuma no . Kenkan Luka 8 : 5 - 8 , 11 - 15 . Sɛn na yɛde ‘ boasetɔ sow aba ’ ? Efisɛ midi wɔn adanse sɛ wɔwɔ Onyankopɔn ho nnamyɛ de , nanso ɛnyɛ nokware nimdeɛ mu . ” Bere a yɛsan kɔe no , nkurɔfo retwam a na wobisa sɛ , ‘ Mokɔɔ he ? Adɛn nti na woasi wo bo sɛ ‘ wode boasetɔ bɛsow aba ’ ? 15 : 8 . ( Kenkan Yohane 15 : 1 , 8 . ) Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ : “ Nea ɛhyɛ m’Agya anuonyam ne sɛ mobɛkɔ so asow aba pii . ” ( b ) Hokwan a woanya de retew Onyankopɔn din ho no , ɛma wote nka sɛn ? Ɔka sɛ : “ Hokwan a manya sɛ medi amansan nyinaa Bɔfo no ho adanse no ma m’ani gye pa ara . ( a ) Asɛm bɛn na ɛwɔ Yohane 15 : 9 , 10 a enti yɛka asɛm no ? Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛtena Kristo dɔ mu ? Bible frɛ Noa “ sɛnkafo . ” ( a ) Asɛm bɛn na ɛwɔ Mateo 22 : 39 a enti yɛka asɛmpa no ? Ehia sɛ wɔte asɛmpa no . ” 13 , 14 . ( a ) Akyɛde bɛn na wɔaka ho asɛm wɔ Yohane 15 : 11 ? ( a ) Akyɛde bɛn na wɔaka ho asɛm wɔ Yohane 14 : 27 ? ( a ) Akyɛde bɛn na wɔaka ho asɛm wɔ Yohane 15 : 15 ? ( b ) Dɛn na na asomafo no bɛyɛ na wɔakɔ so ayɛ Yesu nnamfo ? ( Kenkan Yohane 15 : 14 - 16 . ) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ , sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ mmoa a , Yehowa tie ( Hwɛ nkyekyɛm 18 ) Ɔsomafo Petro ka Satan Ɔbonsam ho asɛm sɛ “ gyata a ɔbobom , ” na Yohane nso frɛ no “ ɔwɔ ” ne “ ɔtweaseɛ . ” Wɔbɛboa yɛn ama yɛatumi ako atia yɛn tamfo no . Nkurɔfo a wogye saa atosɛm no di no de wɔn bere nyinaa som “ Ahonyade , ” na ɛnyɛ Onyankopɔn . Ehia sɛ yehu yɛn tamfo no , nanso ɛnsɛ sɛ yesuro no . Sɛ yesiw Ɔbonsam kwan a , obeguan afi yɛn ho . Onyankopɔn akode no afã ahorow no , ɛne dɛn ? Afei nso , m’awofo ne me nnamfo nim sɛ wobetumi agye me adi . ” Nanso woyɛ saa a , bere nyinaa wunya nhyira pii : Wunya akokoduru , wuhu sɛ woabɛn Yehowa kɛse , na wɔn a wɔdɔ wo nya obu ma wo . ” Nokware abɔso anaa bɛlt ( Hwɛ nkyekyɛm 3 - 5 ) Ɔka sɛ : “ Esiane sɛ mede Bible akwankyerɛ bɔ me bra nti , na akyerɛkyerɛfo ne me mfɛfo sukuufo di me ho fɛw . Me ‘ nnamfo ’ binom fii ase nom nnubɔne ; afoforo nso gyaee sukuu . Bere a mihuu nea wɔn abrabɔ kowiei no , me werɛ howee . Ɔka sɛ : “ Ɛyɛ a mekae me ho sɛ Yehowa din da me so , na ɛyɛ Satan na ɔresɔ me ahwɛ . Sɛ manyɛ nea wɔreyɛ no bi a , ɛma me koma tɔ me yam . ” Trenee nkatabo ( Hwɛ nkyekyɛm 6 - 8 ) Seesei ɛyɛ me dɛ sɛ mitumi di m’atipɛnfo adanse . ” Afei mitumi hu nea ɛbɛboa wɔn . Sɛ masiesie me ho a , mitumi ka biribi pɔtee a ɛbɛboa wɔn kyerɛ wɔn . ” Ɔka sɛ : “ Sɛ wudwen afoforo ho na woyɛ otiefo pa a , wubenya nea w’atipɛnfo refa mu ho adwene bi.Ɛyɛ a mehwɛ sɛ mɛkenkan nsɛm a wɔakyerɛw ama mmabun no nyinaa . Meyɛ saa a , mitumi twe m’atipɛnfo adwene kɔ asɛm bi a ɛbɛboa wɔn so ; wɔ Bible mu anaa jw.org . ” Momfa nyɛ mo nan ase mpaboa ( Hwɛ nkyekyɛm 9 - 11 ) Satan “ mmɛmma a ɛredɛw no , ” ebi ne dɛn ? Nanso seesei , misua ade ansa na makɔ asafo nhyiam , na mebɔ mmɔden sɛ mɛma mmuae mmienu anaa mmiɛnsa . Ɛyɛ den de , nanso sɛ mema mmuae a , me koma tɔ me yam . Anuanom nso hyɛ me nkuran pa ara . Bere biara a mɛkɔ asafo nhyiam aba fie no , mihu sɛ Yehowa dɔ me . ” Gyidi kyɛm kɛse no ( Hwɛ nkyekyɛm 12 - 14 ) Nkwagye dade kyɛw ( Hwɛ nkyekyɛm 15 - 18 ) Mahu sɛ , sɛ nkurɔfo hu sɛ w’ani gye Bible ho , na woreyɛ nea wubetumi biara sɛ wobɛboa wɔn a , wɔyɛ aso tie asɛm no . ” Honhom no nkrante ( Hwɛ nkyekyɛm 19 - 20 ) Yehowa bɛboa yɛn ama yɛagyina pintinn ako atia no ! Mmebusɛm 14 : 15 ka sɛ : “ Ogyimfo gye nsɛm nyinaa di , na onitefo hwɛ n’anammɔn yiye . ” Momfa me kɔndua nto mo ho so na monsua me , ɛfiri sɛ medwo , na mebrɛ me ho ase akoma mu , na mobɛnya home ama mo kra . Adɛn nti na ɛho hia paa sɛ yɛkɔ so da onuadɔ adi ? Adɛn nti na Paulo kyerɛw krataa kɔmaa Hebrifo Kristofo no ? ( Kenkan Hebrifo 10 : 36 - 39 . ) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma Hebrifo nhoma no ho hia yɛn ? Dɛn ne afe 2016 afe asɛm no , na adɛn nti na ɛfata ? Saa kyerɛwsɛm yi na ɛyɛ afe 2016 afe asɛm . Afe 2016 afe asɛm : “ Momma mo nuadɔ nkɔ so . ” ​ — Hebrifo 13 : 1 Nokware Kristofo te onuadɔ ase dɛn ? ( a ) Ade a ɛho hia paa bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda onuadɔ adi ? ( b ) Kyerɛ ade foforo a enti ehia sɛ yɛhyɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho no mu den . Ná Yesu adi kan aka sɛnea saa mmere no mu bɛyɛ den ho asɛm . Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ seesei ansa na ahohiahia kɛse no afi ase ? ( a ) Hokwan ahorow bɛn na yenya de da onuadɔ adi nnɛ ? ( b ) Ma nhwɛso ahorow a ɛkyerɛ sɛnea Yehowa asomfo ada onuadɔ adi . Yɛbɛyɛ dɛn ‘ akae wɔn a wɔde wɔn agu afiase ’ no ? “ Monkae wɔn a wɔagu wɔn mpokyerɛ wɔ afiase . ” “ Mo nyinaa , momma aware ho mmra nyam . ” Sɛ nea yɛwɔ dɔɔso ma yɛn a , ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa yɛn ma yɛada onuadɔ adi ? “ Momma nea mowɔ no ara nnɔɔso mma mo . ” Sɛ ‘ yenya akokoduru ’ a , ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa ma yɛada onuadɔ adi ? Yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ onuadɔ a yɛwɔ ma asafo mu mpanyimfo no mu den ? “ Monkae wɔn a wodi mo anim ” no . Yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ so ada onuadɔ adi kɛse ? Dɛn na Kristo dɔ no kanyan yɛn ma yɛyɛ ? Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn dɔ kanyan yɛn ma yɛdɔ yɛn nuanom ? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ bɔne a Onyankopɔn de firi no kanyan yɛn ma yɛde yɛn nuanom bɔne firi wɔn ? 1 , 2 . ( a ) Onyankopɔn ‘ akyɛde a enni kabea ’ no yɛ dɛn ? ( Kenkan 2 Korintofo 1 : 20 . ) 3 , 4 . ( a ) Sɛ obi kyɛ wo ade a , ɛka wo dɛn ? ( b ) Ɔkwan bɛn so na akyɛde a edi mũ paa betumi asesa w’asetena ? Adɛn nti na yebetumi aka sɛ agyede a Onyankopɔn de akyɛ yɛn no sõ sen akyɛde foforo biara ? ( a ) Nhyira a Yehowa akyɛde no bɛma yɛanya no mu nea ɛwɔ he na wohwɛ kwan ? ( b ) Kyerɛ nneɛma abiɛsa a Onyankopɔn akyɛde no bɛkanyan yɛn ma yɛayɛ . Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a Kristo ada no adi no ka yɛn dɛn , na dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ ? Na nea ɔdɔ me no m’Agya bɛdɔ no , na me nso mɛdɔ no na mayi me ho akyerɛ no pefee . ” — Yohane 14 : 21 ; 1 Yohane 5 : 3 . Nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho wɔ Nkaedi bere yi mu , na dɛn na eyi betumi akanyan yɛn ma yɛayɛ ? ( Kenkan 1 Timoteo 2 : 9 , 10 . ) ( a ) Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne Yesu kanyan yɛn ma yɛyɛ asɛnka adwuma no ? ( b ) Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ a yɛwɔ bɛkanyan yɛn ma yɛaboa afoforo wɔ asafo no mu ? Dɛn bio na Onyankopɔn dɔ bɛkanyan yɛn ma yɛayɛ ? Afoforo a yɛbɛdɔ wɔn ho nhwɛso bɛn na Yesu yɛ maa yɛn ? Wubetumi aboa onua anaa onuawa bi a ne mfe akɔ anim wɔ asɛnka mu ? Dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ wodɔ wo nuanom ? ( Kenkan Luka 14 : 12 - 14 . ) 16 , 17 . ( a ) Dɛn na ɛsɛ sɛ yesua fi Yesu mfatoho a ɛfa ɔhene no ne ne nkoa ho no mu ? ( b ) Bere a wudwinnwen Yesu mfatoho no ho no , dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ ? Ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn dɔ a wada no adi akyerɛ yɛn no boaa onuawa bi ma onyaa onuawa foforo sintɔ ho abotare ? Mepɛ sɛ mihu no yiye bere a wayɛ pɛ no . ” Dɛn na ‘ akyɛde a enni kabea ’ a Onyankopɔn de ama yɛn no bɛka wo ma woayɛ ? [ 1 ] ( nkyekyɛm 18 ) Wɔasesa edin ahorow no bi wɔ adesua yi mu . Nsɛm bɛn na esisii Pentekoste da no a ɛma ɛyɛ da titiriw ? Ɔkwan bɛn so na nsɛm a esisii no maa nea Kyerɛwnsɛm no kae no baa mu ? ( a ) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma nea esii Pentekoste no ho hia yɛn ? ( b ) Mfe pii ansa na saa asɛm no resi no , ade a ɛho hia bɛn na na wɔyɛ saa da no ? Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛnyɛ ɔkwan biako so na wɔfa de honhom kronkron sra Kristofo ? Dɛn na wɔn a wɔasra wɔn no nyinaa nya , na eyi ka wɔn dɛn ? Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni biara a wɔasra no yɛ na ama ne nsa aka n’akatua wɔ soro ? Petro kyerɛkyerɛɛ mu sɛ : “ Eyi nti , anuanom , monyɛ nea mubetumi biara mma frɛ a wɔafrɛ mo ne paw a wɔapaw mo no nni mu ; na sɛ mokɔ so yɛ saa a , morenhwe ase da . Nokwasɛm ni , ɛbɛma moanya hokwan kɛse akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo daa ahenni no mu . ” 8 , 9 . ( a ) Sɛ Onyankopɔn sra obi a , adɛn nti na ɛyɛ den ma nnipa dodow no ara sɛ wɔbɛte ase ? ( b ) Obi yɛ dɛn hu sɛ wɔafrɛ no sɛ ɔnkɔ soro ? Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ : “ Moannya nkoayɛ honhom a ɛde osuro ba bio , na mmom moanya honhom a egye yɛn yɛ mma , na saa honhom no mu na yɛteɛm sɛ : ‘ Abba , Agya ! ’ Sɛ 1 Yohane 2 : 27 ka sɛ enhia sɛ obi foforo kyerɛkyerɛ Kristoni a wɔasra no a , ɛkyerɛ dɛn ? Dɛn na Kristoni a wɔasra no betumi abisa ne ho , na dɛn na n’adwene si no pi wɔ ho ? Sɛ wɔde honhom kronkron sra obi a , nsakrae bɛn na ɛba ne nsusuwii mu , na dɛn na ɛde saa nsakrae yi ba ? Kristofo a wɔasra wɔn no te nka dɛn wɔ asetena a wɔwom wɔ asase so no ho ? Dɛn na ɛnkyerɛ sɛ wɔde honhom kronkron asra obi ? Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔanya Onyankopɔn honhom nyinaa na wɔafrɛ wɔn sɛ wɔnkɔ soro ? 17 , 18 . ( a ) Anidaso bɛn na Onyankopɔn asomfo dodow no ara hwɛ kwan nnɛ ? Ɔkwan bɛn so na Sakaria 8 : 23 renya mmamu ? 1 , 2 . ( a ) Dɛn na Yehowa kae sɛ ebesi wɔ yɛn bere yi so ? ( b ) Nsɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae wɔ adesua yi mu ? Adɛn nti na yɛrentumi nhu wɔn a wɔde wɔn bɛka 144,000 no ho ? Kɔkɔbɔ bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no susuw ho yiye paa , na dɛn ntia ? Dɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no nhwɛ kwan , na dɛn ntia ? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye na woamfa nidi soronko amma wɔn a wodi paanoo no na wɔnom bobesa no bi wɔ Nkaedi ase no ? ( Hwɛ adaka a wɔato din “ Ɔdɔ ‘ Nyɛ Ade a Ɛnsɛ ’ ” no . ) Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ : “ Mo nyinaa yɛ anuanom . ” Dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ sɛ wubu Kristofo a wɔasra wɔn no ? Sɛ yɛanhoahoa nnipa a , ɔkwan bɛn so na ɛbɔ yɛn ho ban ? Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma nnipa a wodi paanoo no na wɔnom bobesa no wɔ Nkaedi ase no dodow haw yɛn ? “ Yehowa nim wɔn a wɔyɛ ne de . ” Dɛn na Bible ka fa Kristofo a wɔasra wɔn no dodow a wɔbɛka wɔ asase so ho bere a ahohiahia kɛse no afi ase no ? Dɛn na ɛsɛ sɛ yehu fa 144,000 a Yehowa apaw wɔn no ho ? Kristofo a wɔasra wɔn no , kakraa bi na wɔma wɔkyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no . ma yɛbɛn Onyankopɔn ne afoforo kɛse ? Ɛwom sɛ Yehowa ne Opumpuni no de , nanso dɛn na ɔma afoforo yɛ ? Adwuma titiriw bɛn na Yehowa maa Yesu yɛe ? Adwuma bɛn na Yehowa maa Adam yɛe , na adɛn ntia ? Ɔmaa Adam totoo mmoa din . Adwuma bɛn na Onyankopɔn ne afoforo yɛ maa n’atirimpɔw baa mu ? Adwuma bɛn na yebetumi ayɛ bi , na ɛho hia sɛ Yehowa ma yɛyɛ saa adwuma no bi anaa ? Ɔsomafo Paulo kae sɛ : “ Bere a yɛne no bom yɛ adwuma yi , yɛsrɛ mo bio sɛ munnnye Onyankopɔn adom no mmma n’atirimpɔw nnyɛ kwa . ” Onyankopɔn Abakan no tee nka dɛn bere a na ɔne n’Agya reyɛ adwuma no ? Adɛn nti na asɛnka adwuma no ma yɛn ani gye ? Dɛn na nkurɔfo aka afa anigye a sɛ wɔne Yehowa bom yɛ adwuma a wonya ho ? Franco a ɔno nso resom wɔ Italy no ka sɛ : “ Yehowa nam n’Asɛm ne honhom fam aduan a ɔde ma yɛn no so kae yɛn da biara sɛ ɔdɔ yɛn . Ɛwom sɛ yɛn ani so de ebia yenhu ade titiriw biara a yɛyɛ ma no , nanso ɔno de ohu sɛ mfaso wɔ biribiara a yɛyɛ ma no no so . Eyi nti na Onyankopɔn a me ne no reyɛ adwuma no ma m’ani gye , na ɛma minya akomatɔyam wɔ m’asetena mu . ” Abusuabɔ bɛn na na ɛwɔ Yehowa ne Yesu ntam , na dɛn ntia ? Adɛn nti na asɛnka adwuma no ma yɛbɛn Onyankopɔn ne afoforo kɛse ? Yesu bɔɔ mpae sɛ : “ Na wɔayɛ biako sɛnea yɛn nso yɛyɛ biako no . ” Yehu nea enti a nyansa wom sɛ yɛde yɛn ho bɛto no so na yɛadi n’akwankyerɛ akyi . Adɛn nti na yɛbɛbɛn Yehowa ne yɛn nuanom kɛse wɔ wiase foforo no mu ? Ɔdansefo bi a ɔwɔ Australia te nka dɛn wɔ asɛnka adwuma no ho ? Joel a ɔte Australia ka sɛ : “ Asɛnka adwuma no boa ma mihu nea ɛrekɔ so wɔ wiase . Ɛma mihu nsɛnnennen a nkurɔfo refa mu ne mfaso a manya esiane sɛ mede Bible mu asɛm rebɔ me bra nti . Asɛnka adwuma no boa ma mebrɛ me ho ase ; ɛma mitumi nya Yehowa ne me nuanom mu ahotoso . ” Adɛn nti na asɛnka adwuma a yɛkɔ so yɛ no ma yehu sɛ Onyankopɔn honhom ka yɛn ho ? Wobɛkɔ so ayɛ adwuma a ɛte saa akosi bere bɛn ? Asɛmpaka adwuma no fa Onyankopɔn atirimpɔw a ɔwɔ ma adesamma no ho dɛn ? Asɛnka adwuma no fa Onyankopɔn ahyɛde kɛse no ho dɛn ? Wote nka dɛn wɔ hokwan a woanya de reka asɛmpa no ho ? Mede m’ahoɔden , m’Asɛm Bible , ɔsoro abɔfo , wo mfɛfo asomfo a wɔwɔ asase so , ntetee a worenya , ne akwankyerɛ pɔtee rema wo bere a ɛfata mu . ’ Hwɛ hokwan kɛse ara a yɛanya sɛ yɛbɛyɛ nea Yehowa pɛ na yɛne yɛn Nyankopɔn abom ayɛ adwuma ! ” Meka kyerɛɛ sogyani no sɛ mankɔ ɔko nti , makɔda afiase aba . WƆWOO me afe 1926 wɔ Crooksville , Ohio , wɔ United States . Ná me papa ne me maame ani nnye nyamesom ho , nanso wɔka kyerɛɛ me ne me nuanom a yɛyɛ nwɔtwe no sɛ yɛnkɔ asɔre . Margaret Walker ( onuawa a ɔto so mmienu wɔ benkum so ) na ɔboaa me maa misuaa nokware no Saa bere no , na ɔbea bi te bɛn yɛn . Ná ɔyɛ Yehowa Danseni , na na ne din de Margaret Walker . Ofii ase baa me maame nkyɛn ne no bɛbɔɔ Bible mu nkɔmmɔ . Nanso , mekɔɔ so ara tiee nkɔmmɔ a na wɔrebɔ no . Bere a Margaret bɛsraa me maame mpɛn dodow bi no , obisaa me sɛ : “ Wunim Onyankopɔn din ? ” Mekaa sɛ , “ Obiara nim sɛ wɔfrɛ no Nyame . ” Margaret kaa sɛ , “ Fa wo Bible na bue Dwom 83 : 18 . ” Mibuei , na mihuu sɛ Onyankopɔn din de Yehowa . Mituu mmirika kɔka kyerɛɛ me nnamfo sɛ , “ Sɛ mokɔ fie anadwo yi a , mummue mo Bible na monkenkan Dwom 83 : 18 . Mubehu Onyankopɔn din wɔ hɔ . ” Sɛ woka sɛ amonom hɔ ara na mifii asɛnka ase a , wudi ka . Misuaa Bible , na mebɔɔ asu afe 1941 . Ɛno akyi no , ankyɛ koraa na wɔmaa mehwɛɛ asafo nhoma adesua so . Mehyɛɛ me maame ne me nuanom nkuran sɛ wɔmmra adesua , na wɔn nyinaa fii ase baa nhoma adesua a na mehwɛ so no . Ɛtɔ da bi na me maame si kwan so sɛ ɔrekɔ a , na me papa adi n’akyi akɔtwe no asan aba fie . Me maame nya wuraa fie ara pɛ na wafa kwan foforo so kɔ asafo nhyiam . Wɔhwehwɛɛ me nipaduam , na mehyehyɛɛ nkrataa . Nnawɔtwe mmienu akyi no , wɔde me kɔɔ asɛnnibea , na ɔtemmufo no kaa sɛ , “ Ɛkaa me nko a , anka mɛma wada afiase wo nkwa nna nyinaa . Miyii ano sɛ : “ Me Wura , ɛsɛ sɛ anka mofa no sɛ meyɛ ɔsɔfo . Meka Onyankopɔn asɛm wɔ fie biara mu , na maka Ahenni no ho asɛmpa akyerɛ nnipa pii . ” Ɔtemmufo no ka kyerɛɛ asɛnni baguafo no sɛ : “ Moamma ha sɛ morebɛkyerɛ sɛ aberante yi yɛ ɔsɔfo anaasɛ ɔnyɛ ɔsɔfo . Nea enti a mowɔ ha ne sɛ mobɛkyerɛ sɛ bere a wɔfrɛɛ no sɛ ɔnkɔ sraadi no , ɔkɔe anaasɛ wankɔ . ” Mebɔɔ Yehowa mpae sɛ : “ Merentumi nna dan mu saa ara mfe nnum . Ade kyee no , awɛmfo no maa mipuei . Mekɔɔ ɔdeduani tenten gramo bi nkyɛn . Yegyinaa hɔ hwɛɛ mpomma mu . Obisaa me sɛ , “ Akwatia , dɛn na ɛde wo baa ha ? ” Mekaa sɛ , “ Meyɛ Yehowa Danseni . ” Mekaa sɛ , “ Yehowa Adansefo nkɔ ɔko nkokum nnipa . ” Mekaa sɛ , “ Ntease nnim . ” Afei ɔkaa sɛ , “ Midii mfe 15 wɔ afiase bi ansa na wɔde me reba ha . Mewɔ hɔ no , mekenkanee mo nhoma no bi . ” Ná meka Adansefo a yɛankɔ sraadi nti wɔde yɛn guu afiase wɔ Ashland , Kentucky , no ho Saa kwan yi na yɛfaa so kaa asɛm no . Me papa kaa sɛ , “ Sɛ mitumi yi wo fi m’akwan mu a , wɔn a wɔaka no deɛ ɛnyɛ den . ” Bere a woyii me fi afiase no , mibehuu anwonwasɛm bi maa m’ani gyei paa . Mekaa sɛ , “ Ɛyɛ paa , nanso merenkɔ sraadi . ” Mekaa asɛm a ɛwɔ 2 Timoteo 2 : 3 no kyerɛɛ no , na mekaa sɛ , “ Meyɛ Kristo sraani dedaw . ” Ɔyɛɛ komm , na ɔkaa sɛ , “ Wubetumi akɔ . ” Eyi akyi bere tiaa bi no , mekɔɔ nhyiam a wɔyɛ ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔ Betel no wɔ ɔmantam nhyiam bi ase wɔ Cincinnati , Ohio . Meyɛɛ adwuma wɔ Nhyiam Asa ahorow so wɔ New York City nso . Manya nnamfo pii wɔ Betel ne asafo no mu . Masua Mandarin Chinese kasa kakra , na m’ani gye ho sɛ me ne Chinafo bɛkasa wɔ abɔnten so . Anɔpa bi wɔ hɔ a mitumi ma nsɛmma nhoma 30 anaa 40 . Meredi Chinafo adanse wɔ Brooklyn , New York Mayɛ sankɔhwɛ mpo wɔ China ! Ogyei , na ɔka kyerɛɛ me sɛ ne din de Katie . Ɛno akyi no , bere biara a Katie behu me no , na ɔba ma yɛbɔ nkɔmmɔ . Mekyerɛɛ no nnuaba ne atosode din wɔ Borɔfo kasa mu . Sɛ mebɔ ebi din a na ɔno nso aka adi m’akyi . Mekyerɛkyerɛɛ no Bible mu nsɛm bi nso , na ogyee Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no . Nanso , nnawɔtwe bi akyi no , manhu no bio . Nnawɔtwe a edi hɔ no , ɔde ne fon maa me sɛ , “ Wo ne China nkasa . ” Mekaa sɛ , “ Minnim obiara wɔ China . ” Nanso , ababaa no kɔɔ so kaa sɛ minnye , enti migyee fon no , na mekaa sɛ , “ Hello , Robison ni . ” Nea ɔwɔ fon no so no nso kaa sɛ , “ Robby , Katie ni oo . Mesrɛ wo sɛnea wokyerɛkyerɛɛ me no , kyerɛkyerɛ ɔno nso saa ara . ” Mekaa sɛ , “ Katie , mɛyɛ deɛ metumi biara . Meda wo ase sɛ woama mahu baabi a wowɔ . ” Ɛno akyi bere tiaa bi no , me ne Katie nuabaa no kasae , na mante ne nka bio . Sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ a , m’abusuafo ne me nnamfo a wɔawuwu no bɛsan aba nkwa mu wɔ wiase foforo no mu . Bere a yɛrekyerɛw saa asɛm yi na Corwin Robison wui ; odii nokware maa Yehowa . Ɔkwan bɛn so na nimdeɛ ne osuahu a Abraham nyae no hyɛɛ ne gyidi den ? Dɛn na Abraham yɛe de hyɛɛ ɔne Onyankopɔn adamfofa mu den ? Wobɛyɛ dɛn asuasua Abraham na woahyɛ wo ne Yehowa adamfofa mu den ? 1 , 2 . ( a ) Yɛyɛ dɛn hu sɛ nnipa betumi afa Onyankopɔn adamfo ? 3 , 4 . ( a ) Gyidi ho sɔhwɛ a ɛyɛ den paa bɛn na ɛbɛyɛ sɛ Abraham hyiae ? ( b ) Adɛn nti na na Abraham pɛ sɛ ɔde Isak bɔ afɔre ? Ɛyɛɛ dɛn na Abraham huu Yehowa , na nea osuae no kaa no sɛn ? Yɛbɛyɛ dɛn anya nimdeɛ ne osuahu a ɛbɛma yɛne Yehowa adamfofa mu ayɛ den ? 9 , 10 . ( a ) Dɛn na ɛma adamfofa mu yɛ den ? ( b ) Dɛn na ɛma yehu sɛ Abraham antoto ɔne Yehowa adamfofa ase ? Saa ara na Abraham antoto ɔne Yehowa adamfofa ase . Adɛn nti na na Sodom ne Gomora ho asɛm haw Abraham , na dɛn na Yehowa yɛ de boaa no ? 12 , 13 . ( a ) Sɛn na nimdeɛ ne osuahu a Abraham nyae no boaa no akyiri yi ? ( b ) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Abraham wɔ Yehowa mu gyidi ? Nsɛnnennen bɛn na worehyia wɔ Yehowa som mu , na sɛn na nea Abraham yɛe no betumi aboa wo ? Abraham ne Sara huu Yehowa na wɔsom no Abraham wui , na na “ wanyin abɔ akora a ne nna amee no ” Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Abraham annu ne ho da sɛ otiee Yehowa biribiara mu ? Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ , na dɛn na yebesua wɔ adesua a edi hɔ no mu ? Momma yɛn mu biara nsi ne bo sɛ obesuasua Abraham gyidi . ( Kenkan Hebrifo 6 : 10 - 12 . ) Adesua a edi hɔ no , yɛbɛhwɛ anokwafo mmiɛnsa a wɔn nso bɛyɛɛ Onyankopɔn nnamfo . Dɛn na yebetumi asua afi Rut ne Onyankopɔn adamfofa mu ? Adɛn nti na yebetumi aka sɛ na Ɔhene Hesekia yɛ Yehowa adamfo paa ? Suban bɛn na ɛmaa Yesu maame Maria bɛyɛɛ Yehowa Nyankopɔn adamfo ? 1 - 3 . ( a ) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ yebetumi abɛyɛ Onyankopɔn nnamfo ? ( b ) Henanom na yebesusuw wɔn ho wɔ adesua yi mu ? Gyinae a ɛyɛ den bɛn na na ɛsɛ sɛ Rut si , na adɛn nti na na ɛyɛ den saa ? ( a ) Gyinae pa bɛn na Rut sii ? ( b ) Adɛn nti na Boas kae sɛ Rut ahwehwɛ ahobammɔ wɔ Yehowa ntaban ase ? Dɛn na ebetumi aboa wɔn a wɔtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wobehyira wɔn nkwa so ama Yehowa no ? 9 , 10 . ( a ) Adɛn nti na na ɛnyɛ den koraa sɛ anka Hesekia bo betumi afuw ? ( b ) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛn bo fuw Onyankopɔn ? ( d ) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ ntetee a obi nya na ɛbɛkyerɛ onipa ko a ɔbɛyɛ ? Ɛmfa ho sɛ mmabun pii abusuafo anyɛ nhwɛso pa amma wɔn no , wɔagye nokware no ( Hwɛ nkyekyɛm 9 , 10 ) Dɛn na ɛmaa Hesekia bɛyɛɛ Yuda ahemfo a wɔyɛ papa paa no mu baako ? ( Kenkan 2 Ahene 18 : 5 , 6 . ) Sɛnea Hesekia yɛe no , dɛn na ebinom ayɛ de ada no adi sɛ wɔyɛ Yehowa nnamfo ? Adɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ na Maria adwuma no boro ne so , nanso mmuae bɛn na ɔde mae wɔ asɛm a Gabriel kae no ho ? Dɛn na ɛma yehu sɛ na Maria tie asɛm yiye ? Emu biara no , Maria yɛɛ aso tiee , ne werɛ amfi , na odwinnwen nea ɔtee no ho yiye . ​ — Kenkan Luka 2 : 16 - 19 , 49 , 51 . Dɛn na yebetumi asua afi sɛnea Maria kasae no mu ? Dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua Maria gyidi ? Sɛ yesuasua wɔn a wɔyɛɛ gyidi ho nhwɛso pa a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no a , dɛn na yebenya ? DA BƐN na w’ani gyei paa wɔ w’asetena mu ? Ɛyɛ da a wowaree anaa ɛda a wowoo w’abakan ? Ɛda adi paa sɛ , efi bere a wobɔɔ asu no , woanya anigye pii wɔ Yehowa som mu . Dɛn nti na yebetumi akɔ so de anigye asom Yehowa ? Momma yɛnkae Yesu asɛm yi : “ Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa , mommra me nkyɛn , na mɛma mo ho adwo mo . Yɛsom Yɛn Nkwamafo , anigye Nyankopɔn no . Ma yɛnhwɛ Héctor . Ɔde mfe 40 asom Yehowa sɛ ɔhwɛfo kwantufo . Héctor ka sɛ : “ Ɛyɛ yaw sɛ me yere apɔwmuden resɛe na ne hwɛ nso ayɛ den , nanso memmaa ɛno nsɛee anigye a mede resom nokware Nyankopɔn no . Minim sɛ Yehowa na ɔmaa me nkwa . Biribi nti na ɔbɔɔ nnipa , na ɛno ama medɔ no paa , na mede me koma nyinaa resom no . Mebɔ mmɔden sɛ mɛyere me ho wɔ asɛnka adwuma no mu , na mema Ahenni ho anidaso no tena m’adwene mu fann sɛnea ɛbɛyɛ a , m’anigye rensɛe . ” Yehowa de agyede afɔre no ama yɛn . Eyi ma yenya asetena a anigye wom . Bible ka sɛ : “ Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae , na obiara a ɔkyerɛ no mu gyidi no ansɛe na mmom wanya daa nkwa . ” Jesús gyaee sika akyi di na ɔde anigye som Yehowa mfe pii Sika nti na na meyɛ saa . Afei misuaa Yehowa ho ade ne sɛnea ɔde ne Dɔba no maa adesamma . Enti mihyiraa me ho so maa Yehowa . Ná me ne adwumakuw no ayɛ adwuma mfe 28 , nanso misii gyinae sɛ megyae na mayɛ bere nyinaa som adwuma . Wokae sɛnea na w’abrabɔ te ansa na woresua Yehowa ho ade ? Ɔsomafo Paulo kaee Kristofo a wɔwɔ Roma no sɛ na ‘ wɔyɛ bɔne nkoa ’ nanso ‘ wɔabɛyɛ trenee nkoa . ’ “ Mmere a m’ani agye paa wɔ m’asetena mu ne nea mede asom Yehowa no . ” ​ — Jaime Jaime ka sɛ : “ Nkakrankakra mibehuu sɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ ne Onyankopɔn mmɔborɔhunufo bi wɔ hɔ . Yehowa mmara a madi so no abɔ me ho ban . Sɛ mansesa m’abrabɔ a , anka saa bere yi mawu te sɛ me nnamfo binom a na wɔbɔ akuturuku no . Mmere a m’ani agye paa wɔ m’asetena mu ne nea mede asom Yehowa no . ” Dɛn na Ɔhene Saul ba Yonatan yɛe de dii Yehowa nokware ? Sɛ yɛn adwene yɛ yɛn sɛ ɛmfata sɛ yenya obu ma obi a ɔwɔ tumi a , dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yedi Onyankopɔn nokware ? Sɛ nkurɔfo nte yɛn ase anaa wɔne yɛn anni no yiye a , yɛbɛyɛ dɛn atumi adi Yehowa nokware ? Adɛn nti na Yonatan ne Dawid adamfofa no yɛ nokwaredi ho nhwɛso pa ? Dɛn na na ɛho hia Yonatan paa sen sɛ obedi Dawid nokware , na yɛyɛ dɛn hu saa ? ( a ) Dɛn na ɛbɛma yɛn ani agye na yɛn koma atɔ yɛn yam paa ? Bere a Saul yɛ ɔhene no , adɛn nti na na ɛyɛ den ma Israelfo sɛ wobedi Onyankopɔn nokware ? Dɛn na ɛma yehu sɛ Yonatan kɔɔ so dii Yehowa nokware ? Sɛ yenya obu ma wɔn a wɔwɔ tumi no a , dɛn na ɛkyerɛ sɛ na yɛredi Onyankopɔn nokware ? Ɛyɛɛ dɛn na Yonatan huu onii a ɛsɛ sɛ odi no nokware ? Sɛn na ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no boa yɛn ma yedi no nokware ? Sɛ nsɛmnsɛm sɔre wɔ yɛn abusua mu a , ɔkwan bɛn so na nokware a yedi Onyankopɔn bɛboa yɛn ma yɛadi ho dwuma ? Sɛ onua bi ne yɛn anni no yiye a , ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade sɛn ? Nsɛm bɛn mu na ɛsɛ sɛ yedi Onyankopɔn nokware na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nea yɛn ara yɛpɛ ? [ 1 ] ( nkyekyɛm 9 ) Wɔasesa edin ahorow no bi . Adɛn nti na sɛnea Yonatan yɛɛ n’ade wɔ Dawid ho no nte sɛ Abner deɛ koraa ? Suban bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yedi Onyankopɔn nokware , na ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so ada no adi ? Dɛn na Dawid yɛe de kyerɛe sɛ odi Onyankopɔn nokware ? ( a ) Dɛn na Dawid yɛe de dii Onyankopɔn nokware ? ( b ) Nhwɛso bɛn bio na yebesusuw ho ? Dɛn na yesua fi mfomso a Abisai dii no mu ? Ɛwom sɛ ɛnyɛ nwonwa sɛ yebedi yɛn abusuafo ne yɛn nnamfo nokware deɛ , nanso adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye ? Dɛn na onuawa bi yɛe de dii Onyankopɔn nokware wɔ tebea bi a ɛyɛ den mu ? Suban bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛadi Onyankopɔn nokware ? Dɛn na yebetumi asua afi Abner , Absalom , ne Baruk asɛm no mu ? Nanso wo de , nneɛma akɛse na worehwehwɛ . Kyerɛ nea enti a sɛ yɛyɛ nea yɛpɛ a , yɛrentumi nni Onyankopɔn nokware . Ɛno akyi no , mankyerɛw ababaa no bio . Bere a Dawid yɛɛ bɔne no , dɛn na Natan yɛe de dii Onyankopɔn ne Dawid nyinaa nokware ? Wobɛyɛ dɛn adi Yehowa ne w’adamfo anaa wo busuani nokware ? Adɛn nti na na ɛsɛ sɛ Husai nya akokoduru na ama watumi adi Onyankopɔn nokware ? Adɛn nti na yehia akokoduru na ama yɛadi nokware ? Mebɔɔ mpae sɛ Yehowa mma me akokoduru na menkɔ so nsom no . Seesei deɛ , wɔn bo adwo kakra , na mitumi kɔsra wɔn daa . ” ​ — Kenkan Mmebusɛm 29 : 25 . [ 1 ] ( nkyekyɛm 7 ) Wɔasesa edin ahorow no bi . “ Mo mu hena na ɔpɛ sɛ osi aban na onni kan ntena ase nsēsē nhwɛ sɛ ɔwɔ nea ɛdɔɔso a ɔde bewie ? ” ​ — LUKA 14 : 28 . Dɛn ne ahokokwaw , na ɔkwan bɛn so na Daniel daa saa suban no adi ? Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ wo ara na wufi wo komam asi gyinae sɛ wopɛ sɛ wobɔ asu ? Dɛn ne ahosohyira , na ɛfa asubɔ ho sɛn ? 1 , 2 . ( a ) Ɛnnɛ , dɛn na ɛma Onyankopɔn nkurɔfo ani gye ? ( b ) Dɛn na awofo a wɔyɛ Kristofo ne asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ de aboa mmofra ma wɔate nea asubɔ kyerɛ ase ? Ma mimmisa oo , ‘ Adɛn nti na wopɛ sɛ wobɔ asu ? ’ ” ( Kenkan Luka 14 : 27 - 30 . ) ( a ) Asɛm bɛn na Yesu ne Petro kae a ɛma yehu sɛ asubɔ ho hia ? ( b ) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho , na adɛn ntia ? ( 2 ) Me ara na mepɛ sɛ mebɔ asu anaa ? ( 3 ) Me ho so a mehyira ama Yehowa no , mete ase ? 4 , 5 . ( a ) Ɛnyɛ wɔn a wɔanyinyin nko ara na ɛsɛ sɛ wɔbɔ asu . Adɛn ntia ? ( b ) Dɛn na ɛma yehu sɛ Kristoni bi ho akokwaw ? Mmebusɛm 20 : 11 ka sɛ : “ Abofra mpo , wɔde ne nneyɛe na ehu sɛ ne nnwuma ho tew na ɛteɛ . ” 6 , 7 . ( a ) Kyerɛ ɔhaw a Daniel hyiae wɔ Babilon . ( b ) Dɛn na Daniel yɛe de kyerɛɛ sɛ ne ho akokwaw ? Abofra a ne ho akokwaw renyɛ ne ho sɛ Onyankopɔn adamfo wɔ Ahenni Asa so na ɔkɔ sukuu a wayɛ ne ho sɛ wiase no adamfo ( Hwɛ nkyekyɛm 8 ) Bio nso , ɔrenyɛ ne ho sɛ Onyankopɔn adamfo wɔ Ahenni Asa so , na ɔkɔ sukuu a wayɛ ne ho sɛ wiase no adamfo . 9 , 10 . ( a ) Sɛ abofra bi dwinnwen sɛnea ɔyɛɛ n’ade bere a ohyiaa ne gyidi ho sɔhwɛ bi nnansa yi ho a , ɛbɛboa no sɛn ? 11 , 12 . ( a ) Sɛ obi pɛ sɛ ɔbɔ asu a , dɛn na ɛsɛ sɛ ohu ? ( b ) Dɛn na ɛbɛboa wo ma woanya nhyehyɛe a Yehowa ayɛ ama asubɔ no ho adwene pa ? Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ wo ara na woasi gyinae sɛ wopɛ sɛ wobɔ asu ? Ɔde kar no ho nkrataa ama wo , na ɔka kyerɛɛ wo sɛ : “ Wo kar ni . ” 18 , 19 . ( a ) Ɔkwan bɛn so na Rose ne Christopher anom asɛm ma yehu sɛ , sɛ obi bɔ asu a ɛma onya nhyira pii ? ( b ) Wubu asubɔ sɛn ? Mereyɛ adwuma ama Yehowa ne n’ahyehyɛde no , na ɛma me koma tɔ me yam paa . ” Sɛ Bible ka sɛ ‘ woagye biribi adi sɛ ɛyɛ nokware ’ a , ɛkyerɛ sɛn ? Dɛn ne “ abrabɔ kronkron ” ne “ onyamesom pa ” ? Sɛ wudwinnwen agyede no ho a , ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa wo ma woanya anisɔ ama Yehowa ? 1 , 2 . ( a ) Kyerɛ nea enti a asubɔ yɛ aniberesɛm . ( b ) Dɛn na ɛsɛ sɛ obi hu ansa na wabɔ asu , na dɛn ntia ? Dɛn na mmofra betumi asua afi Timoteo asɛm no mu ? Kyerɛ sɛnea nneɛma a yɛde sua Bible a ɛwɔ Intanɛt so wɔ “ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa ? ” afã hɔ no betumi aboa wo ma woahyɛ wo gyidi den . Ababaa bi kae sɛ : “ Ansa na meresi gyinae sɛ mɛbɔ asu no , misuaa Bible , na mihui sɛ nokware som ni . Da biara da , me gyidi yɛ den . ” Adɛn nti na ntease wom sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Kristoni a wabɔ asu gyidi bɛda adi wɔ ne nneyɛe mu ? Bible ka sɛ : “ Gyidi nso sɛ nnwuma nka ho a , na awu . ” Asɛm , “ abrabɔ kronkron ” no kyerɛ sɛn ? Wo de , kaakae abosome nsia a atwam no . Nneɛma a ɛkyerɛ “ onyamesom pa ” no bi ne dɛn , na sɛn na ɛsɛ sɛ wubu no ? Dɛn na ɛbɛboa wo ma woada “ onyamesom pa ” adi , na ɔkwan bɛn so na aboa mmofra bi ? “ Sɛ woresua ade a , dɛn na wusua ? ” “ Sɛ w’awofo ankɔ asɛnka mpo a , ɛyɛ a wokɔ ? ” Ababaa bi a ne din de Tilda kae sɛ : “ Mekyerɛw botae a mede asisi m’ani so wɔ saa ɔfã hɔ . Miduu saa botae no ho mmaako mmaako , na bɛyɛ afe baako akyi no , na masi m’adwene pi sɛ mɛbɔ asu . ” Sɛ mpo w’awofo gyae Yehowa som a , wobɛkɔ so asom no anaa ? Adɛn nti na wo ara na ɛsɛ sɛ wuhyira wo ho so ? 16 , 17 . ( a ) Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan obi ma ɔyɛ Kristoni ? ( b ) Mfatoho bɛn na wode bɛkyerɛ sɛnea w’ani sɔ agyede no ? Yesu ka kyerɛɛ no sɛ : “ Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn . ” ( Kenkan 2 Korintofo 5 : 14 , 15 ; 1 Yohane 4 : 9 , 19 . ) 18 , 19 . ( a ) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ wusuro sɛ wode wo ho bɛma Yehowa ? ( b ) Sɛ wosom Yehowa a , ɔkwan bɛn so na ɛbɛma w’asetena ayɛ papa ? Dɛn na abofra betumi ayɛ na ama wanya nkɔso ahyira ne ho so abɔ asu ? “ Mɛyɛ Dɛn Ama Me Mpaebɔ Atu Mpɔn ? ” ​ — November 2008 , Borɔfo de “ Mɛyɛ Dɛn Ama Me Bible Akenkan Ayɛ Anigye ? ” ​ — April 2009 , Borɔfo de “ Meyɛ Onipa Bɛn ? ” ​ — October 2011 , Borɔfo de “ Mɛyɛ Dɛn Anya Bible Sua Ho Anigye ? ” ​ — April 2012 “ Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Mekɔ Kristofo Nhyiam ? ” ​ — July 2012 Dɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛde baakoyɛ na ɛreyɛ asɛnka adwuma no ? Nneɛma bɛn na yebetumi ayɛ ma baakoyɛ atena yɛn asafo mu ? Okunu ne ɔyere bɛyɛ dɛn ama baakoyɛ atena wɔn aware mu ? Efi bere a Onyankopɔn bɔɔ ade no , dɛn na ada adi wɔ ne nnwuma mu ? ( a ) Dɛn na na ɛda nsow wɔ tete Kristofo asafo no ho ? ( b ) Nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho ? ( Kenkan 1 Korintofo 12 : 4 - 6 , 12 . ) Sɛ yɛbom yɛ asɛnka adwuma no a , dɛn na yetumi yɛ ? 8 , 9 . ( a ) Mfatoho bɛn na Paulo de kyerɛɛ Kristofo sɛ ehia sɛ wɔyɛ baako ? ( b ) Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ baako wɔ asafo no mu ? ( Kenkan Efesofo 4 : 15 , 16 . ) Dɛn na asafo mu asomfo yɛ de boa ma baakoyɛ tena asafo no mu ? Dɛn na ebetumi de baakoyɛ aba abusua mu ? Sɛ wo kunu anaa wo yere nyɛ Yehowa somfo a , dɛn na wubetumi ayɛ ma w’aware asɔ ? Awarefo a wɔn mfe akɔ anim bɛyɛ dɛn aboa awarefo a wɔyɛ mmerante ne mmabaa no ? Dɛn na Onyankopɔn asomfo a wɔayɛ baako rehwɛ kwan ? Akwankyerɛ bɛn na Yehowa de mae wɔ Noa ne Mose bere so ? Akwankyerɛ foforo bɛn na Onyankopɔn de ama Kristofo ? Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yehia Onyankopɔn akwankyerɛ ? 1 , 2 . ( a ) Kɔkɔbɔ bɛn na agye nnipa pii nkwa ? Ɛyɛɛ dɛn na adesamma kɔfaa owu kwan so ? ( a ) Nsuyiri no akyi no , adɛn nti na akwankyerɛ foforo ho behiae ? ( b ) Ɔkwan bɛn so na asetena foforo a nnipa baa mu no ma yehu Onyankopɔn adwene ? Dɛn na yebesusuw ho , na adɛn ntia ? Dɛn nti na na ɛho hia sɛ Onyankopɔn nkurɔfo di mmara a ɔnam Mose so de ma wɔn no so , na su bɛn na na ɛsɛ sɛ Israelfo da no adi ? ( a ) Kyerɛ nea enti a Yehowa maa ne nkurɔfo akwankyerɛ . ( b ) Ɔkwan bɛn so na Mose Mmara no bɛyɛɛ kwankyerɛfo maa Israelfo no ? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma nnyinasosɛm a ɛwɔ Mose Mmara no mu kyerɛ yɛn kwan ? Tebea foforo bɛn na ɛmaa ɛho behiae sɛ Onyankopɔn de akwankyerɛ foforo ma ? Dɛn nti na wɔde mmara foforo maa Kristofo asafo no , na adɛn nti na saa mmara no nte sɛ nea wɔde maa Israelfo no ? Nokwasɛm ni , “ Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim , na mmom ɔman biara mu no , onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no , ogye no tom . ” Honhom fam Israelfo dii “ Kristo mmara ” so . Nneɛma mmienu bɛn na Kristofo yɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔredi “ Kristo mmara ” no so ? 13 , 14 . ( a ) “ Ahyɛde foforo ” a Yesu de mae no hwehwɛ sɛ yɛyɛ dɛn ? ( b ) Dɛn na yesua fi nea Yesu yɛe no mu ? Tebea foforo bɛn na yɛwom , na sɛn na Onyankopɔn kyerɛ yɛn kwan ? Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade sɛn wɔ akwankyerɛ a wɔde rema yɛn no ho ? Wubu saa akwankyerɛ yi sɛ efi Onyankopɔn ? Nhoma mmobɔwee bɛn na wobebuebue mu , na dɛn na ɛbɛma yɛanya ? Ɛbɛsan ama yɛahu nnipa baasa a wɔyɛɛ boasetɔ ho nhwɛso pa . Ɔkwan bɛn so na nea Yefta ne ne babea no yɛe no betumi aboa yɛn ma yɛatwe yɛn ho afi subammɔne ho ? Bible mu nnyinasosɛm bɛn na wuhu sɛ ɛboa wo ma wusiesie wo ne afoforo ntam nsɛmnsɛm ? Sɛn na adesua yi ahyɛ wo nkuran sɛ fa nneɛma bɔ afɔre ma Ahenni no ? Ɔhaw bɛn na Yefta ne ne babea no hyiae ? Adɛn nti na nea Yefta ne ne babea no yɛe no betumi aboa yɛn nnɛ ? 4 , 5 . ( a ) Bere a Israelfo kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so no , ahyɛde bɛn na Yehowa de maa wɔn ? ( b ) Sɛnea Dwom 106 ma yehu no , atua a Israelfo tewee no , ɔhaw bɛn na ɛkɔfa bae ? Subammɔne bɛn na ɛwɔ wiase nnɛ , na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho ? ( a ) Ɔkwammɔne bɛn na Yefta ankasa nkurɔfo de no faa so ? 8 , 9 . ( a ) Nnyinasosɛm bɛn na ɛwɔ Mose Mmara no mu a ɛbɛyɛ sɛ ɛboaa Yefta ma osisii gyinae ? ( b ) Dɛn na na ɛda Yefta koma so paa ? Ɛnnɛ , yɛbɛyɛ dɛn ama Onyankopɔn asɛm aboa yɛn ma yɛayɛ yɛn ade sɛ Kristofo ? Ɛbɔ bɛn na Yefta hyɛe , na na ɛkyerɛ sɛn ? Asɛm a Yefta kae wɔ Atemmufo 11 : 35 no ma yehu sɛ na ne gyidi te sɛn ? Ɛbɔ bɛn na yɛn mu pii ahyɛ , na yɛbɛyɛ dɛn adi so ? Bere a Yefta babea no tee ɛbɔ a ne papa ahyɛ no , dɛn na ɔyɛe ? ( a ) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yefta ne ne babea no gyidi ? ( b ) Sɛn na asɛm a ɛwɔ Hebrifo 6 : 10 - 12 no hyɛ wo nkuran sɛ yi wo yam som Yehowa ? Yefta ne ne babea ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no , dɛn na yɛasua afi mu , na yɛbɛyɛ dɛn asuasua wɔn ? “ Momma boasetɔ nwie n’adwuma . ” Saa asɛm no kyerɛ sɛn ? 1 , 2 . ( a ) Boasetɔ a Gideon ne ne mmarima 300 no daa no adi no , dɛn na yebetumi asua afi mu ? ( Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no . ) ( b ) Yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ Luka 21 : 19 a , adɛn nti na yebetumi aka sɛ yehia boasetɔ ? Henanom na yɛne wɔn reko ? Ɛyɛ Satan , wiase a yɛte mu yi , ne yɛn ankasa sintɔ . Sɛn na wɔn a wonyaa boasetɔ no nhwɛso betumi aboa yɛn ? Adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɔdɔ na ɛkanyan yɛn ma yɛda boasetɔ adi ? ( Kenkan 1 Korintofo 13 : 4 , 7 . ) Sɛ yɛdɔ yɛn kunu anaa yɛn yere a , ‘ ahohiahia ’ a awarefo a wɔwɔ anigye mpo fa mu no , yebegyina ano . Adɛn nti na Yehowa na ɔfata paa sɛ ɔboa yɛn ma yenya boasetɔ ? Yehowa yɛ “ Onyankopɔn a ɔma boasetɔ ne awerɛkyekye . ” Sɛnea Bible hyɛ yɛn bɔ no , sɛn na Yehowa ma ‘ kwan bɛda ’ sɔhwɛ a yehyia ho ? Sɛ yebenya boasetɔ a , adɛn nti na yehia honhom fam aduan ? 8 , 9 . ( a ) Sɛnea Hiob 2 : 4 , 5 kyerɛ no , sɛ yehyia sɔhwɛ a , na dɛn ho asɛm na asɔre ? ( b ) Sɛ wuhyia sɔhwɛ a , dɛn na wubetumi de w’adwene abu ? Efi bere a Satan kaa saa asɛm no , wasesa anaa ? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw “ wɔn a wɔagyina mu no ” asetenam nsɛm ho ? Kerubim a Yehowa de wɔn kɔwɛn Eden no , dɛn na yebetumi asua afi nea wɔyɛe no mu ? Dɛn na ɛmaa Hiob tumi gyinaa sɔhwɛ a emu yɛ den ano ? Na Hiob ‘ dii nna mee . ’ — Hiob 42 : 10 , 17 . Sɛnea 2 Korintofo 1 : 6 kyerɛ no , ɔkwan bɛn so na Paulo boasetɔ no boaa afoforo ? ( Kenkan 2 Korintofo 1 : 6 . ) 15 , 16 . ( a ) ‘ Adwuma ’ bɛn na ɛsɛ sɛ boasetɔ wie ? ( b ) Ma nhwɛso fa kyerɛ sɛnea ‘ boasetɔ wie n’adwuma . ’ Sɛ yegyina sɔhwɛ mu a , Kristofo su a yɛwɔ no betu mpɔn ( Hwɛ nkyekyɛm 15 , 16 ) 17 , 18 . ( a ) Ɛsɛ sɛ yegyina mu kodu awiei . Fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu . ( b ) Bere a awiei no rebobɔ ba no , ahotoso bɛn na ɛsɛ sɛ yenya ? [ 1 ] ( nkyekyɛm 11 ) Sɛ wokenkan hu sɛnea Onyankopɔn nkurɔfo a ɛwɔ hɔ nnɛ nso agyina sɔhwɛ mu a , ɛbɛhyɛ wo den . [ 2 ] ( nkyekyɛm 12 ) Bible nkyerɛ kerubim dodow a wɔde adwuma yi hyɛɛ wɔn nsa . ‘ Wɔkɔɔ so tuu wɔn ho sii hɔ , na wɔboom kyɛɛ nneɛma , [ anaa wɔkɔɔ so hyiaam ] . ’ ​ — ASOMAFO NNWUMA 2 : 42 . sɛnea yɛkɔ asafo nhyiam a , ɛboa afoforo . 1 - 3 . ( a ) Dɛn na Kristofo ayɛ de akyerɛ sɛ wɔn ani sɔ sɛ wobehyiam ? ( Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no . ) ( b ) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu ? Nhyiam a yɛkɔe no hyɛɛ yɛn gyidi den paa . ” Sɛ yehyiam a , ɔkwan bɛn so na ɛboa yɛn ma yesua Yehowa ho ade ? Ɔkwan bɛn so na Kristofo nhyiam aboa wo ma wode nea wusua fi Bible mu bɔ wo bra , na sɛn na aboa wo ma w’asɛnka atu mpɔn ? Ɔkwan bɛn so na asafo nhyiam hyɛ yɛn nkuran na ɛboa yɛn ma yɛyɛ den ? ( Kenkan Asomafo Nnwuma 15 : 30 - 32 . ) Adɛn nti na ɛho hia paa sɛ yɛkɔ asafo nhyiam ? Yɛkɔ asafo nhyiam na yɛn nuanom hu sɛ yɛrema mmuae na yɛreto nnwom a , ɔkwan bɛn so na ɛboa wɔn ? ( Hwɛ adaka yi nso , “ Yɛbɛpɔn Biara , na Wanya Ahoɔden Foforo . ” ) 9 , 10 . ( a ) Asɛm a Yesu kae wɔ Yohane 10 : 16 no , kyerɛ sɛnea ɛboa yɛn ma yehu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛne yɛn nuanom hyiam . ( b ) Yɛkɔ asafo nhyiam daa a , yɛbɛyɛ dɛn aboa obi a n’abusua apo no ? “ NNANSA yi , yare reteetee me . Ɛyɛ den sɛ mɛkɔ asafo nhyiam . Nanso , sɛ meyɛ nkakrankakra du hɔ a , honhom fam aduan a Yehowa asiesie no boa me paa . Ɛwom sɛ me kotodwe tutu me , komayare reteetee me , na asikreyare ama merehu amane pii de , nanso bere biara a yɛbɛpɔn asafo nhyiam no , na manya ahoɔden foforo . “ Da a edi kan a metee sɛ yɛn asafo no reto dwom 68 no , misui . Dwom no asɛmti ne ‘ Mmɔborɔni Mpaebɔ . ’ Afiri a ɛhyɛ m’asom nti metee obiara nne , na metoo dwom no bi . Ɔkwan bɛn so na yɛkɔ asafo nhyiam a , ɛboa ma yɛde nea ɛfata ma Yehowa ? Sɛ yetie Yehowa ahyɛde a ɛka sɛ yɛnkɔ asafo nhyiam no a , ɛka no sɛn ? Adɛn nti na yɛka sɛ yɛkɔ asafo nhyiam a , yɛbɛn Yehowa ne Yesu ? Yɛkɔ asafo nhyiam a , dɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ yetie Onyankopɔn ? 16 , 17 . ( a ) Yɛyɛ dɛn hu sɛ na tete Kristofo no ntoto asafo nhyiam a wɔbɛkɔ ase ? ( b ) Ná Onua George Gangas te nka sɛn wɔ Kristofo nhyiam ho ? M’ani gye paa sɛ mɛka anuanom a wodu Ahenni Asa so ntɛm ho , na sɛ ɛbɛyɛ yiye a , maka wɔn a womfi hɔ ntɛm nso ho . Sɛ me ne Onyankopɔn nkurɔfo rebɔ nkɔmmɔ a , m’ani gye me komam . Me ne wɔn wɔ hɔ a , mihu sɛ efie ne fie , mete nka sɛ mewɔ honhom fam paradise . ” Wote nka sɛn wɔ asafo nhyiam ho , na dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ ? [ 2 ] ( nkyekyɛm 3 ) Hwɛ adaka a wɔato din “ Nea Enti a Ɛsɛ Sɛ Yɛkɔ Asafo Nhyiam ” no . Baguam adansedi boa ma wɔte asɛmpa no Benkum : Zaragoza ahotefo fie , Spain ; nifa : Nácar - Colunga Bible nkyerɛase Na minnim sɛ nea mereyɛ no ye anaa enye . Mekae sɛ mebɔɔ mpae sɛ , “ Yehowa , meda wo ase sɛ woannyae m’akyi di . Woama manya hokwan pii de ahu Bible mu nokware nimdeɛ — ɛno na na merehwehwɛ . ” Dɛn na m’asɔremma ne m’abusuafo bɛka ? ” Memaa no mmuae sɛ : “ Dɛn na Onyankopɔn nso bɛka ? ” Aka bosome mmienu ma wabɔ asu na owui . Sɛ ɛyɛ den sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi amanyɔsɛm ho a , dɛn na yɛbɛyɛ ? Yehowa asomfo anokwafo a wɔannyina ɔfã biara no , dɛn na yebetumi asua afi wɔn hɔ ? Yɛbɛyɛ dɛn atie Onyankopɔn ne wiase atumfoɔ ? Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yennyina ɔfã biara akyi wɔ wiase no amanyɔsɛm mu ? ( a ) Ɔfã biara a yennyina no , yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛho nsɛm pii bɛsɔre ? ( b ) Adɛn nti na saa bere yi na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yɛrennyina ɔfã biara akyi ? Akwan pa bɛn na yebetumi afa so ne wiase atumfoɔ atena ? Sɛ ɛyɛ den sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi wiase no nsɛmnsɛm ho a , yɛbɛyɛ dɛn ayɛ “ anifere ” na yɛayɛ “ kronn ” ? ( Kenkan Mateo 10 : 16 , 17 . ) Sɛ yɛrebɔ nkɔmmɔ a , dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ho ? Sɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo de asɛm bi to gua a , sɛ yɛhwɛ oo , yetie oo , dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ yennyina ɔfã bi akyi ? 12 , 13 . ( a ) Adwene bɛn na Yehowa wɔ wɔ nnipa ho ? ( b ) Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ yɛde yɛn man rehoahoa yɛn ho dodo ? Mpaebɔ betumi aboa yɛn sɛn , na Bible mu asɛm bɛn na esi wei so dua ? Afei , sua Bible mu nsɛm a ɛka wiase foforo no ho asɛm ( Adaka a wɔato din , “ Onyankopɔn Asɛm Hyɛɛ Wɔn Gyidi Den ” no , hwɛ ɛno nso . ) Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔannyina ɔfã biara no , dɛn na yebetumi asua afi wɔn hɔ ? ( Kenkan Daniel 3 : 16 - 18 . ) 18 , 19 . ( a ) Dɛn na w’asafo mufo betumi ayɛ de aboa wo na woannyina ɔfã biara akyi ? nhoma no ti 14 . “ Midwennwen Mmebusɛm 27 : 11 , Mateo 26 : 52 , ne Yohane 13 : 35 ho ma ɛhyɛɛ me gyidi den , enti mankɔ sraadi . Bible mu nsɛm yi boaa me , enti bere a wɔredi m’asɛm no , mammɔ hu . ” ​ — Andriy , ofi Ukraine . “ Yesaia 2 : 4 boaa me , enti mannyina ɔfã biara wɔ sɔhwɛ mu . Mitwaa wiase foforo no ho mfonini wɔ m’adwenem , na mede m’ani buu bere a obiara remfa akode mpira ne nua bio no . ” ​ — Wilmer , ofi Colombia .